\id PSA - Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Nnwom \toc1 Nnwom \toc2 Nnwom \toc3 Nnw \mt1 Nnwom \c 1 \ms NKYƐMU A ƐDI KAN \mr Nnwom 1–41 \cl Dwom 1 \q1 \v 1 Nhyira ne onipa a \q2 ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo \q1 na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi \q2 na ɔntena fɛdifoɔ tenabea. \q1 \v 2 Na mmom, \nd Awurade\nd* mmara sɔ nʼani, \q2 na ɔdwene ho awia ne anadwo. \q1 \v 3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho, \q2 na ɛso nʼaba ne berɛ mu a \q1 nʼahahan no nnwan. \q2 Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie. \q1 \v 4 Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa; \q2 wɔte sɛ ntɛtɛ a \q2 mframa bɔ guo. \q1 \v 5 Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano, \q2 na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu. \b \q1 \v 6 Ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* kyerɛ ɔteneneeni kwan \q2 nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera. \c 2 \cl Dwom 2 \q1 \v 1 Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu? \q2 Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi? \q1 \v 2 Asase so ahemfo sɔre gyina \q2 na atumfoɔ bom tu agyina \q2 tia \nd Awurade\nd* ne Deɛ Wɔasra no no. \q1 \v 3 Wɔka sɛ, \q2 “Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn \q2 na yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu.” \b \q1 \v 4 Deɛ ɔte adwa so wɔ soro no sere; \q2 \nd Awurade\nd* di wɔn ho fɛw. \q1 \v 5 Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo mu \q2 hunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ, \q1 \v 6 “Masi me Ɔhene \q2 wɔ Sion, me bepɔ kronkron no so.” \p \v 7 Mɛpae mu aka \nd Awurade\nd* ahyɛdeɛ: \q1 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me Babarima; \q2 ɛnnɛ mayɛ wʼAgya. \q1 \v 8 Bisa me, \q2 na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ, \q2 asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea. \q1 \v 9 Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so; \q2 na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.” \b \q1 \v 10 Enti mo ahemfo, monsua nyansa; \q2 monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ. \q1 \v 11 Momfa suro nsom \nd Awurade\nd* \q2 na monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu. \q1 \v 12 Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfu \q2 ansɛe mo wɔ mo akwan so, \q1 ɛfiri sɛ nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so. \q2 Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa. \c 3 \cl Dwom 3 \d Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa! \q2 Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me! \q1 \v 2 Bebree no ara ka fa me ho sɛ, \q2 “Onyankopɔn rennye no”. \b \q1 \v 3 Nanso, Ao \nd Awurade\nd*, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia \q2 wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti. \q1 \v 4 Meteam su frɛ \nd Awurade\nd*, \q2 na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so. \b \q1 \v 5 Metɔ hɔ na meda a, \q2 menyane bio, ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* kora me so. \q1 \v 6 Merensuro atamfoɔ mpem mpem a \q2 wɔatwa me ho ahyia no. \b \q1 \v 7 Sɔre, Ao \nd Awurade\nd*! \q2 Gye me, Ao me Onyankopɔn! \q1 Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan; \q2 na tutu amumuyɛfoɔ se. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* hɔ na ɔgyeɛ firi ba. \q2 Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so. \c 4 \cl Dwom 4 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Sɛ mesu frɛ wo a, gye me so, \q2 Ao, me tenenee Onyankopɔn. \q1 Ma me ahomegyeɛ wɔ mʼahohia mu; \q2 hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ. \b \q1 \v 2 Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora? \q2 Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi? \q1 \v 3 Hunu sɛ \nd Awurade\nd* ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho; \q2 \nd Awurade\nd* bɛtie, sɛ mesu mefrɛ no a. \b \q1 \v 4 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne; \q2 sɛ modeda mo mpa so a, \q2 monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu. \q1 \v 5 Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata \q2 na momfa mo werɛ nhyɛ \nd Awurade\nd* mu. \b \q1 \v 6 Nnipa bebree bisa sɛ: \q2 “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” \q2 Ao \nd Awurade\nd*, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so. \q1 \v 7 Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma \q2 asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no. \q1 \v 8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoeɛ mu, \q2 ɛfiri sɛ, wo nko ara, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 na woma metena asomdwoeɛ mu. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. \c 5 \cl Dwom 5 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, yɛ aso ma me nsɛm \q2 na dwene mʼapinisie ho. \q1 \v 2 Tie me mmoa ho sufrɛ, \q2 me Ɔhene ne me Onyankopɔn, \q2 ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ. \q1 \v 3 Ao, \nd Awurade\nd*, wote me nne anɔpa; \q2 anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim \q2 na mede anidasoɔ twɛn. \b \q1 \v 4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; \q2 na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena. \q1 \v 5 Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim; \q2 wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa. \q1 \v 6 Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm; \q2 \nd Awurade\nd* kyiri \q2 mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ. \b \q1 \v 7 Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti, \q2 mɛba wo fie; \q1 na anidie mu na mɛkoto \q2 akyerɛ wʼasɔredan kronkron no. \q1 \v 8 Ao \nd Awurade\nd* kyerɛ me ɛkwan \q2 wɔ wo tenenee mu \q2 mʼatamfoɔ enti, \q2 bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim. \q1 \v 9 Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ; \q2 ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma. \q1 Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue \q2 wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. \q1 \v 10 Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! \q2 Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ. \q1 Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti, \q2 ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo. \b \q1 \v 11 Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye; \q2 ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa. \q1 Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so, \q2 na wɔn a wɔdɔ wo din no \q2 ma wɔn ani nnye wɔ wo mu. \q1 \v 12 Ao \nd Awurade\nd*, ampa ara, wohyira teneneefoɔ; \q2 na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so. \c 6 \cl Dwom 6 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao, \nd Awurade\nd* nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu, \q2 na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu. \q1 \v 2 Hu me mmɔbɔ, \nd Awurade\nd*, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ; \q2 Ao \nd Awurade\nd* sa me yadeɛ \q2 na me nnompe wɔ ahoyera mu. \q1 \v 3 Me kra wɔ ahohia mu. \q2 Ɛnkɔsi da bɛn, Ao \nd Awurade\nd*, ɛnkɔsi da bɛn? \b \q1 \v 4 Sane bra, Ao \nd Awurade\nd*, na bɛgye me nkwa; \q2 gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti. \q1 \v 5 Obi a wawuo no renkae wo da, \q2 hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ? \b \q1 \v 6 Apinisie ama mayɛ mmerɛ. \q2 Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa \q2 na me nisuo fɔ me sumiiɛ. \q1 \v 7 Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu. \q2 Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti. \b \q1 \v 8 Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho, \q2 ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* ate me sufrɛ. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* ate me mmɔborɔ su; \q2 \nd Awurade\nd* tie me sufrɛ. \q1 \v 10 Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase \q2 na wɔn ho adwiri wɔn; \q2 na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi. \c 7 \cl Dwom 7 \d Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm enti ɔto maa \nd Awurade\nd*. \q1 \v 1 Ao, \nd Awurade\nd* me Onyankopɔn, \q2 medwane metoa wo; \q2 Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam, \q1 \v 2 anyɛ saa a wɔbɛtete me mu sɛ gyata \q2 na wɔatete me mu asinasini a \q2 obiara rentumi nnye me. \q1 \v 3 Ao, \nd Awurade\nd* me Onyankopɔn, sɛ mayɛ yei \q2 na sɛ afɔdie aba me so a, \q1 \v 4 sɛ mayɛ bɔne atia deɛ ɔne me te yie \q2 anaasɛ mabɔ me ɔtamfoɔ korɔno kwa a, \q1 \v 5 ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me; \q2 ma wɔntiatia me so wɔ fam \q2 na wɔmma me funu nna mfuturo mu. \b \q1 \v 6 Sɔre wʼabufuo mu, Ao \nd Awurade\nd*! \q2 Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo. \q2 Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara. \q1 \v 7 Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia. \q2 Firi soro hɔ di wɔn so; \q2 \v 8 ma \nd Awurade\nd* mmu nnipa no atɛn. \q1 Bu me atɛn, Ao \nd Awurade\nd* sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ, \q2 sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni. \q1 \v 9 Ao Onyankopɔn teneneeni, \q2 wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu, \q1 fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛ \q2 na ma ateneneefoɔ nya banbɔ. \b \q1 \v 10 Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn \q2 deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no. \q1 \v 11 Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, \q2 Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara. \q1 \v 12 Sɛ wansesa nʼadwene a, \q2 ɔbɛse nʼakofena ano; \q2 ɔbɛkuntunu ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu. \q1 \v 13 Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ; \q2 ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado. \b \q1 \v 14 Deɛ ɔnyinsɛn amumuyɛ \q2 na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa. \q1 \v 15 Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ no \q2 hwe tokuro a watu no mu. \q1 \v 16 Ɔhaw a ɔde ba no dane bɔ nʼankasa so; \q2 ne basabasayɛ bɔ nʼankasa tiri so. \b \q1 \v 17 Mede aseda bɛma \nd Awurade\nd* \q2 ne tenenee enti \q1 na mato ayɛyi dwom ayi \nd Awurade\nd*, Ɔsorosoroni no din ayɛ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so. \c 8 \cl Dwom 8 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, yɛn \nd Awurade\nd*, \q2 wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa. \b \q1 Wode wʼanimuonyam \q2 atimtim ɔsoro nohoa, \q1 \v 2 mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano \q2 kamfo wo, wʼatamfoɔ nti; \q2 na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano. \b \q1 \v 3 Sɛ mehwɛ wo soro, \q2 wo nsateaa ano adwuma; \q1 ɔsrane ne nsoromma a \q2 wode obiara asi nʼafa a, \q1 \v 4 onipa ne hwan a wokae no, \q2 na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho? \q1 \v 5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ \q2 na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire. \b \q1 \v 6 Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma \q2 wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase: \q1 \v 7 nnwankuo ne nantwikuo nyinaa \q2 ne wiram mmoa nso, \q1 \v 8 ewiem nnomaa \q2 ne ɛpo mu mpataa, \q2 deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa. \b \q1 \v 9 Ao, \nd Awurade\nd*, yɛn \nd Awurade\nd*, \q2 wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Ɔba no wuo”. \c 9 \cl Dwom 9 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, mefiri mʼakoma nyinaa mu mekamfo wo. \q2 Mɛka wʼanwanwadeɛ no nyinaa. \q1 \v 2 Mɛma mʼani agye na madi ahurisie wɔ wo mu. \q2 Mɛto ayɛyie dwom ama wo din, Ao Ɔsorosoroni. \b \q1 \v 3 Mʼatamfoɔ sane wɔn akyi; \q2 wɔtete hwe, na wɔwuwu wɔ wʼanim. \q1 \v 4 Woadi mʼasɛm ama me, na mɛnya mʼahofadie; \q2 woatena wʼahennwa so, abu atɛntenenee. \q1 \v 5 Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ. \q2 Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio. \q1 \v 6 Ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ ato ɔtamfoɔ no, \q2 woatutu wɔn nkuropɔn; \q2 na wɔnnkae wɔn bio mpo. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* di ɔhene daa daa; \q2 wasi nʼatemmuo ahennwa. \q1 \v 8 Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn; \q2 ɔde atɛntenenee bɛdi nnipa no so. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* yɛ dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, \q2 ɔyɛ abandenden wɔ ahohia mmrɛ mu. \q1 \v 10 Wɔn a wɔnim wo din no de wɔn ho bɛto wo so, \q2 ɛfiri sɛ, wo \nd Awurade\nd*, wonnyaa obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da. \b \q1 \v 11 Monto ayɛyie dwom mma \nd Awurade\nd* a ɔte ahennwa so wɔ Sion; \q2 mompae mu nka deɛ wayɛ wɔ amanaman no mu. \q1 \v 12 Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no; \q2 ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so. \q1 \v 13 Ao \nd Awurade\nd*, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ teetee me! \q2 Hu me mmɔbɔ na yi me firi owuo apono ano, \q1 \v 14 na matumi apae mu aka wʼayɛyie \q2 wɔ Ɔbabaa Sion apono ano \q2 na ɛhɔ, madi ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ no mu. \b \q1 \v 15 Aman amanmufoɔ atɔ amena a wɔatu no mu; \q2 afidie a wɔsum hintaaeɛ no ayi wɔn nan. \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* atɛntenenee da no adi; \q2 amumuyɛfoɔ nsa ano adwuma ayi wɔn. \q1 \v 17 Amumuyɛfoɔ sane kɔ damena mu, \q2 amanaman a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa. \q1 \v 18 Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani, \q2 anaa sɛ mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera korakora. \b \q1 \v 19 Sɔre! Ao \nd Awurade\nd*, mma ɔdasani nni nkonim, \q2 bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim. \q1 \v 20 Hunahuna wɔn, Ao \nd Awurade\nd*; \q2 na ma wɔnhunu sɛ, wɔyɛ adasamma. \c 10 \cl Dwom 10 \q1 \v 1 Adɛn enti, Ao \nd Awurade\nd*, na wogyina akyirikyiri saa? \q2 Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi? \b \q1 \v 2 Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ, \q2 wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn. \q1 \v 3 Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho; \q2 ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi \nd Awurade\nd* ahi. \q1 \v 4 Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ \nd Awurade\nd*; \q2 na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu. \q1 \v 5 Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie; \q2 ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho; \q2 na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw. \q1 \v 6 Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim; \q2 mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.” \q1 \v 7 Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; \q2 Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase. \q1 \v 8 Ɔtɛ wɔ nkuraase; \q2 ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee, \q2 na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn. \q1 \v 9 Ɔte sɛ gyata a wahinta; \q2 ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; \q2 ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu. \q1 \v 10 Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha; \q2 na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ. \q1 \v 11 Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi; \q2 wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.” \b \q1 \v 12 Sɔre, \nd Awurade\nd*! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn. \q2 Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ. \q1 \v 13 Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi? \q2 Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, \q2 “Ɔremfrɛ me akontabuo so?” \q1 \v 14 Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw; \q2 na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. \q1 Mmɔborɔni de ne ho ma wo; \q2 wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ. \q1 \v 15 Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ; \q2 frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa, \q2 amumuyɛ a anka wɔrenhunu no. \b \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* yɛ ɔhene daa nyinaa; \q2 amanaman no bɛyera nʼasase so. \q1 \v 17 Ao \nd Awurade\nd*, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ; \q2 wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ, \q1 \v 18 na wodi ma awisiaa ne deɛ wɔhyɛ ne soɔ \q2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdasani a ɔfiri asase so \q2 renhunahuna obiara bio. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 11 \cl Dwom 11 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* mu na mede me werɛ ahyɛ. \q2 Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ, \q2 “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so. \q1 \v 2 Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu, \q2 na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so \q1 sɛ wɔbɛto wɔ esum mu \q2 de awɔ akoma mu ahotefoɔ. \q1 \v 3 Sɛ wɔresɛe fapem no a, \q2 ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?” \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; \q2 \nd Awurade\nd* te ne soro ahennwa so. \q1 Ɔhwɛ nnipa mma, \q2 nʼani hwehwɛ wɔn mu. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* hwehwɛ ɔteneneeni mu, \q2 na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ, \q2 ne kra kyiri wɔn. \q1 \v 6 Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ \q2 agu Amumuyɛfoɔ so; \q2 na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* yɛ ɔteneneeni, \q2 na ɔpɛ atɛntenenee; \q2 wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ “Seminit” sankuo nne so. \c 12 \cl Dwom 12 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Boa yɛn, \nd Awurade\nd*, na nyamesurofoɔ asa; \q2 nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu. \q1 \v 2 Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko; \q2 wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm. \b \q1 \v 3 Ma \nd Awurade\nd* ntwa nnaadaa ano \q2 ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene; \q1 \v 4 wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim; \q2 yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?” \b \q1 \v 5 “Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no \q2 ne ohiani apenesie no enti, \q1 mɛsɔre afei,” \nd Awurade\nd* na ɔseɛ. \q2 “Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.” \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* asɛm yɛ nokorɛ \q2 te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu, \q2 na wɔahoa ho mprɛnson. \b \q1 \v 7 Ao \nd Awurade\nd*, wobɛkora yɛn \q2 na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho, \q1 \v 8 abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ \q2 ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 13 \cl Dwom 13 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao, \nd Awurade\nd*, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa? \q2 Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me? \q1 \v 2 Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ \q2 na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? \q2 Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn? \b \q1 \v 3 Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, \nd Awurade\nd*, me Onyankopɔn. \q2 Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna. \q1 \v 4 Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” \q2 Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase. \b \q1 \v 5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; \q2 mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu. \q1 \v 6 Mɛto dwom ama \nd Awurade\nd*, \q2 ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. \c 14 \cl Dwom 14 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ, \q2 “Onyankopɔn bi nni hɔ.” \q1 Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi \q2 na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa. \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* firi ɔsoro hwɛ \q2 adasamma \q1 sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, \q2 anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. \q1 \v 3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; \q2 wɔn nyinaa ayɛ bɔne. \q1 Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. \q2 Ɔbaako mpo nni hɔ. \b \q1 \v 4 Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa? \b \q1 Wɔwe me nkurɔfoɔ te sɛ deɛ nnipa di aduane. \q2 Wɔnnsu mfrɛ \nd Awurade\nd*? \q1 \v 5 Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn, \q2 ɛfiri sɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu. \q1 \v 6 Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ, \q2 nanso, \nd Awurade\nd* ne wɔn dwanekɔbea. \q1 \v 7 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! \q2 \nd Awurade\nd* bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. \q2 Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye! \c 15 \cl Dwom 15 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, hwan na ɔbɛsoeɛ wo kronkronbea hɔ? \q2 Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so? \b \q1 \v 2 Deɛ ne ho nni asɛm \q2 na ɔyɛ deɛ ɛtene, \q1 deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam \q2 \v 3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa \q1 deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne \q2 na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa, \q1 \v 4 deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa \q2 na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro \nd Awurade\nd*, \q1 deɛ ɔdi ne ntam so \q2 ɛberɛ a ɛtia no mpo, \q1 \v 5 deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho \q2 na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem. \b \q1 Deɛ ɔyɛ yeinom no \q2 renhinhim da. \c 16 \cl Dwom 16 \d Dawid mpaeɛbɔ. \q1 \v 1 Bɔ me ho ban, Ao Onyankopɔn, \q2 na wo mu na menya hintabea. \b \q1 \v 2 Meka kyerɛɛ \nd Awurade\nd* sɛ, \q2 “MʼAwurade ne wo; \q2 menni adepa biara ka wo ho.” \q1 \v 3 Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ, \q2 wɔne animuonyamfoɔ a \q2 mʼanigyeɛ wɔ wɔn mu. \q1 \v 4 Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no \q2 wɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso. \q1 Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bi \q2 na meremfa mʼano memmɔ wɔn din. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; \q2 woama me kyɛfa anya banbɔ. \q1 \v 6 Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka; \q2 ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye. \q1 \v 7 Mɛkamfo \nd Awurade\nd* a ɔtu me fo; \q2 na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me. \q1 \v 8 Mehunu \nd Awurade\nd* wɔ mʼani so daa nyinaa. \q2 Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da. \b \q1 \v 9 Ɛno enti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurisie; \q2 me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu, \q1 \v 10 ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. \q2 Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. \q1 \v 11 Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan, \q2 na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim, \q2 na anika a ɛrensa da wɔ wo nifa so. \c 17 \cl Dwom 17 \d Dawid Mpaeɛbɔ. \q1 \v 1 Ao, \nd Awurade\nd* tie me tenenee abisadeɛ; \q2 tie me sufrɛ. \q1 Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ \q2 deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu. \q1 \v 2 Ma me bembuo a ɛfiri wo hɔ. \q2 Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ pɛ. \b \q1 \v 3 Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu, \q2 wohwehwɛ me mu anadwo, \q1 na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee; \q2 masi madwene pi sɛ mʼano renka bɔne. \q1 \v 4 Nnipa nneyɛɛ fam no, \q2 wʼanomu asɛm enti \q1 matwe me ho afiri \q2 basabasayɛfoɔ akwan ho. \q1 \v 5 Menam wʼakwan so daa; \q2 me nan nnwatiriiɛ. \b \q1 \v 6 Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn \q2 na wobɛgye me so; \q2 yɛ aso ma me na tie me mpaeɛbɔ. \q1 \v 7 Da wo dɔ nwanwasoɔ no adi \q2 wo a wode wo nsa nifa \q1 gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa \q2 firi wɔn atamfoɔ nsam. \q1 \v 8 Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; \q2 fa me sie wo ntaban nwunu no ase \q1 \v 9 firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam, \q2 mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no. \b \q1 \v 10 Wɔpirim wɔn akoma, \q2 na wɔkasa ahantan so. \q1 \v 11 Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; \q2 wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam. \q1 \v 12 Wɔte sɛ gyata a ahaboa ho kɔm de no, \q2 te sɛ gyata kɛseɛ bi a wabutu wɔ atɛeɛ. \b \q1 \v 13 Sɔre, Ao \nd Awurade\nd*! \q2 Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; \q2 fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam. \q1 \v 14 Ao \nd Awurade\nd* fa wo nsa \q2 gye me firi nnipa a wɔte sei nsam \q2 asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu. \q1 Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; \q2 wɔn mmammarima wɔ bebree, \q2 na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma. \b \q1 \v 15 Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim; \q2 sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 18 \cl Dwom 18 \d \nd Awurade\nd* akoa Dawid dwom. Ɔtoo saa dwom yi maa \nd Awurade\nd*, ɛberɛ a ɔgyee no firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam no. \q1 \v 1 Medɔ wo, Ao \nd Awurade\nd*, mʼahoɔden. \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* ne me botantim; \q2 mʼaban ne me gyefoɔ; \q1 me Onyankopɔn ne me botan \q2 Ne mu na menya me hintabea. \q2 Ɔyɛ mʼakokyɛm, me nkwagyeɛ abɛn ne mʼabandenden. \q1 \v 3 Mesu frɛ \nd Awurade\nd*; ɔno na ayɛyie sɛ no, \q2 ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. \q1 \v 4 Owuo nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me; \q2 na ɔsɛeɛ asorɔkye bu faa me so. \q1 \v 5 Damena nhoma kyekyeree me; \q2 owuo ankasa too me anihaa. \q1 \v 6 Mʼahohia mu, mesu mefrɛɛ \nd Awurade\nd*. \q2 Mesu mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. \q1 Ɔfiri nʼasɔrefie hɔ tee me nne; \q2 me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom. \q1 \v 7 Asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ, \q2 na mmepɔ fapem wosoeɛ \q2 wɔsuroeɛ ɛfiri sɛ na ne bo afu. \q1 \v 8 Wisie firii ne hwene mu; \q2 ogyaframa firii nʼanom, \q2 na egyasramma dɛre firii mu. \q1 \v 9 Ɔfirii ɔsoro baa fam; \q2 na omununkum kabii duruu ne nan ase. \q1 \v 10 Ɔte Kerubim so tu kɔɔ soro; \q2 gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so. \q1 \v 11 Ɔde sum kataa ne ho, \q2 osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia. \q1 \v 12 Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, \q2 na omununkum a asukɔtweaa ne anyinam wɔ mu firii ne ho hyerɛn mu baeɛ. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* bobɔɔ mu firii soro; \q2 Ɔsorosoroni no nne gyegyeeɛ bio. \q1 \v 14 Ɔtoo ne bɛmma no de bɔɔ atamfoɔ no hweteeɛ, \q2 ɔde anyinam a ano yɛn den pamoo wɔn. \q1 \v 15 Ɛpo mu mmɔnka ho yiyiiɛ \q2 na asase nnyinasoɔ ho daa hɔ, \q1 ɛsiane wʼanimka ne ahomeguo a ɛfiri wo hwene mu no enti, \q2 Ao \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 16 Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu; \q2 ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu. \q1 \v 17 Ɔgyee me firii me ɔtamfoɔ hoɔdenfoɔ nsam, \q2 wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no. \q1 \v 18 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, \q2 nanso \nd Awurade\nd* pagyaa me. \q1 \v 19 Ɔde me baa baabi a ɛhɔ trɛ; \q2 ɔgyee me, ɛfiri sɛ nʼani sɔɔ me. \b \q1 \v 20 \nd Awurade\nd* ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; \q2 wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka. \q1 \v 21 Manante \nd Awurade\nd* akwan so. \q2 Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne. \q1 \v 22 Madi ne mmara nyinaa so: \q2 memmuu nʼahyɛdeɛ so. \q1 \v 23 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim, \q2 na matwe me ho afiri bɔne ho. \q1 \v 24 \nd Awurade\nd* agyina me teneneeyɛ \q2 ne me nsa a ɛho teɛ wɔ nʼanim so atua me ka. \b \q1 \v 25 Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, \q1 wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu. \q1 \v 26 Woyɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn, \q2 na amumuyɛfoɔ deɛ, wokyiri wɔn. \q1 \v 27 Wogye ahobrɛasefoɔ nkwa, \q2 na wobrɛ ahantanfoɔ ase. \q1 \v 28 Ao \nd Awurade\nd*, woyɛ me kanea. \q2 Aane, woma me sum dane hann. \q1 \v 29 Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; \q2 me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo. \b \q1 \v 30 Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; \q2 \nd Awurade\nd* bɔhyɛ nyinaa ba mu. \q1 Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a \q2 wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu. \q1 \v 31 Na hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka \nd Awurade\nd* ho? \q1 Na hwan na ɔyɛ Ɔbotan no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn no. \q1 \v 32 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden, \q2 na ɔma me kwan yɛ pɛ. \q1 \v 33 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ. \q2 Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea. \q1 \v 34 Ɔsiesie me ma ɔko, \q2 na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua. \q1 \v 35 Wode wo nkonimdie akokyɛm ma me, \q2 na wo nsa nifa kura me. \q2 Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ kɛseɛ. \q1 \v 36 Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan \q2 sɛdeɛ ɛrenwatiri. \b \q1 \v 37 Metaa mʼatamfoɔ kɔtoo wɔn; \q2 mansane mʼakyi kɔsii sɛ mesɛee wɔn. \q1 \v 38 Mɛdwerɛ wɔn, na wɔantumi ansɔre, \q2 wɔhwehwee ase wɔ me nan ase. \q1 \v 39 Wode akodie ahoɔden maa me; \q2 womaa mʼatamfoɔ bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase. \q1 \v 40 Womaa mʼatamfoɔ danee wɔn ho dwaneeɛ, \q2 na mesɛe wɔn a wɔtan me. \q1 \v 41 Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn, \q2 wɔfrɛɛ \nd Awurade\nd*, nanso wammua. \q1 \v 42 Meyamoo wɔn sɛ mfuturo a mframa bɔ guo; \q2 me hwiee wɔn guiɛ sɛ mmɔntene so atɛkyɛ. \q1 \v 43 Woagye me afiri nnipa no ntohyɛsoɔ mu, \q2 woayɛ me amanaman no ti; \q2 nnipa a mennim wɔn abɛyɛ mʼasomfoɔ. \q1 \v 44 Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ ɔsetie ma me; \q2 ananafoɔ koto mʼanim. \q1 \v 45 Wɔn nyinaa botoboto; \q2 wɔfiri wɔn abandenden mu ba ahopopoɔ so. \b \q1 \v 46 \nd Awurade\nd* te ase! Ayɛyi nka me Botan! \q2 Wɔmma Onyankopɔn me Gyefoɔ no din so! \q1 \v 47 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ awere ma me, \q2 ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase, \q1 \v 48 ɔno na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. \q2 Wopagyaa me sii mʼatamfoɔ so, \q2 wogyee me firii basabasayɛfoɔ nsam. \q1 \v 49 Ɛno enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao \nd Awurade\nd*. \q2 Mɛto ayɛyie dwom ama wo din. \b \q1 \v 50 Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene; \q2 woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo, \q2 wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 19 \cl Dwom 19 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm! \q2 Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma, \q1 \v 2 Ɛda biara, wɔkasa; \q2 anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ. \q1 \v 3 Ɔkasa anaa nsɛm nnim \q2 na wɔnnte wɔn nne. \q1 \v 4 Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa, \q2 wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano. \b \q1 Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia, \q2 \v 5 a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu, \q2 te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika. \q1 \v 6 Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi \q2 na atwa ne ho akɔsi ano; \q2 biribiara nhinta ne hyeɛ. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* mmara yɛ pɛ, \q2 ɛkanyane ɔkra no. \q1 Ahotosoɔ wɔ \nd Awurade\nd* nhyehyɛeɛ mu, \q2 ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa. \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* ahyɛdeɛ tene; \q2 ɛma akoma mu anigyeɛ. \q1 \nd Awurade\nd* ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; \q2 na ɛbue ani. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* suro yɛ kronn, \q2 ɛte hɔ daa. \q1 \nd Awurade\nd* mmaransɛm yɛ nokorɛ \q2 na ne nyinaa tene. \q1 \v 10 Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔ \q2 sene sikakɔkɔɔ amapa mpo; \q1 ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ, \q2 sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu. \q1 \v 11 Wɔnam so bɔ wo ɔsomfoɔ kɔkɔ sɛ, \q2 ɛsodie so akatua yɛ bebree. \q1 \v 12 Hwan na ɔhunu nʼankasa mfomsoɔ? \q2 Fa me mfomsoɔ a ahinta kyɛ me. \q1 \v 13 Bɔ wʼakoa ho ban firi ɔboayɛ bɔne ho, \q2 na anhyɛ me so. \q1 Ɛno na ɛbɛma madi bem, \q2 a merenni fɔ wɔ bɔne akɛseɛ ho. \b \q1 \v 14 Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ \q2 nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao \nd Awurade\nd* \q2 me Botan ne me Gyefoɔ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 20 \cl Dwom 20 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* ntie wo wɔ wʼahohia mu; \q2 Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban. \q1 \v 2 Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo \q2 na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den. \q1 \v 3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa \q2 na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani. \q1 \v 4 Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ, \q2 na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie. \q1 \v 5 Yɛbɛbɔ ose ɛberɛ a woadi nkonim \q2 na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Onyankopɔn din mu. \b \q1 \nd Awurade\nd* nyɛ wʼabisadeɛ nyinaa mma wo. \b \q1 \v 6 Afei mahunu sɛ \nd Awurade\nd* gye deɛ wasra no no nkwa; \q2 ɔgye no so wɔ ne soro kronkron hɔ \q2 ɔde tumi a ɛfiri ne nsa nifa mu no ma no nkwagyeɛ. \q1 \v 7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so \q2 na afoforɔ nso, wɔn apɔnkɔ so, \q2 nanso yɛn deɛ, yɛde yɛn ho to \nd Awurade\nd* yɛn Onyankopɔn din so. \q1 \v 8 Saa nkurɔfoɔ no, wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, \q2 na yɛn deɛ, yɛsɔre gyina pintinn. \q1 \v 9 Ao \nd Awurade\nd* gye ɔhene nkwa! \q2 Na sɛ yɛfrɛ nso a, gye yɛn so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 21 \cl Dwom 21 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu. \q2 Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti! \b \q1 \v 2 Woama no deɛ nʼakoma pɛ; \q2 woamfa nʼabisadeɛ ankame no. \q1 \v 3 Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no \q2 na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no. \q1 \v 4 Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, \q2 nna tentene a ɛnni awieeɛ. \q1 \v 5 Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so; \q2 wode kɛseyɛ ne anidie adom no. \q1 \v 6 Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da \q2 na wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me. \q1 \v 7 Ɔhene no de ne ho to \nd Awurade\nd* so; \q2 Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti, \q2 Ɔhene renhinhim. \b \q1 \v 8 Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa; \q2 wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu. \q1 \v 9 Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi no \q2 wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a emu adɔ. \q1 \nd Awurade\nd* firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn, \q2 na ne ogya no ahye wɔn. \q1 \v 10 Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, \q2 na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu. \q1 \v 11 Ɛwom sɛ wɔbɔ pɔ tia wo \q2 na wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim; \q1 \v 12 ɛfiri sɛ wobɛma wɔasane wɔn akyi \q2 ɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so. \b \q1 \v 13 Yɛma wo so, Ao \nd Awurade\nd*, wɔ wʼahoɔden mu; \q2 yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Adekyeeɛ foroteɛ” dwom. \c 22 \cl Dwom 22 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me? \q2 Adɛn enti na me nkwagyeɛ ne wo ntam aware, \q2 adɛn na mʼapinisie nsɛm ne wo ntam aware? \q1 \v 2 Ao me Onyankopɔn, mesu frɛ wo awia, nanso wonnye me so, \q2 mefrɛ wo anadwo, nanso mennya ɔhome. \b \q1 \v 3 Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni; \q2 wo na Israel kamfo woɔ. \q1 \v 4 Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ; \q2 wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn. \q1 \v 5 Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn, \q2 wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ. \b \q1 \v 6 Nanso meyɛ ɔsonsono, na menyɛ onipa \q2 nnipa bɔ me ahohora na wɔbu me animtiaa. \q1 \v 7 Obiara a ɔhunu me di me ho fɛw; \q2 wɔtwa me adapaa, woso wɔn ti ka sɛ: \q1 \v 8 “Ɔde ne ho to \nd Awurade\nd* so; \q2 ma \nd Awurade\nd* mmɛgye no. \q1 Ma ɔmmɛboa no, \q2 ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ.” \b \q1 \v 9 Wo na woyii me firii awotwaa mu baeɛ \q2 na womaa mede me ho too wo so \q2 ɛberɛ a metua me maame nufoɔ ano mpo. \q1 \v 10 Ɛfiri mʼawoɔ mu na wɔde me too wo soɔ; \q2 ɛfiri me maame yafunu mu, woayɛ me Onyankopɔn. \q1 \v 11 Ntwe wo ho mfiri me ho! \q2 Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛn \q2 na ɔboafoɔ nni baabi. \b \q1 \v 12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia; \q2 Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia. \q1 \v 13 Gyata a wɔbobom na wɔtete wɔn ahaboa mu \q2 abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me. \q1 \v 14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo, \q2 na me nnompe nyinaa ahodwo. \q1 Mʼakoma adane ayɛ sɛ nku; \q2 anane afiri me mu. \q1 \v 15 Mʼahoɔden awe te sɛ kyɛmferɛ mu. \q2 Na me tɛkrɛma atare mʼanom. \q2 Wode me ato owuo mfuturo mu. \b \q1 \v 16 Nkraman atwa me ho ahyia \q2 nnebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia, \q2 wɔahwire me nsa ne me nan mu. \q1 \v 17 Mɛtumi akan me nnompe nyinaa; \q2 Mʼatamfoɔ di me nhwɛhaa na wɔsere me. \q1 \v 18 Wɔkyɛ me atadeɛ mu fa, \q2 na wɔbɔ me ntoma so ntonto. \b \q1 \v 19 Na wo, Ao \nd Awurade\nd*, ntwe wo ho. \q2 Ao mʼAhoɔden bra ntɛm bɛboa me. \q1 \v 20 Gye me kra firi akofena ano; \q2 gye me nkwa a ɛsom bo no firi nkraman tumi ase. \q1 \v 21 Gye me nkwa firi gyata anom; \q2 gye me firi ɛkoɔ mmɛn so. \b \q1 \v 22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; \q2 mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. \q1 \v 23 Monkamfo \nd Awurade\nd*, mo a mosuro no no! \q2 Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam! \q2 Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni! \q1 \v 24 Ɔmmuu nʼani nguu \q2 ɔmanehunufoɔ ateetee so, \q1 ɔmfaa nʼanim nhintaa no; \q2 na mmom watie ne sufrɛ a ɔde repɛ mmoa. \q1 \v 25 Me botaeɛ a mede yi wo ayɛ wɔ badwa mu no firi wo; \q2 mɛdi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim. \q1 \v 26 Ahiafoɔ bɛdidi na wɔamee; \q2 wɔn a wɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* bɛyi no ayɛ. \q2 Mo akoma nnya nkwa daa. \b \q1 \v 27 Asase ano nyinaa \q2 bɛkae akɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn, \q1 na amanaman no mmusua nyinaa \q2 bɛkoto nʼanim, \q1 \v 28 ɛfiri sɛ ahennie wɔ \nd Awurade\nd* \q2 na ɔdi amanaman so ɔhene. \b \q1 \v 29 Asase so adefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔasɔre no; \q2 wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛbu nkotodwe nʼanim, \q2 wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu. \q1 \v 30 Nkyirimma nyinaa bɛsom no; \q2 wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ. \q1 \v 31 Wɔbɛka ne tenenee akyerɛ \q2 nnipa a wɔnnya nwoo wɔn \q2 ɛfiri sɛ ɔno na wayɛ. \c 23 \cl Dwom 23 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* ne me hwɛfo, hwee renhia me. \q1 \v 2 Ɔma meda wira frɔmfrɔm adidibea mu; \q1 ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho, \q2 \v 3 ɔdwodwo me kra. \q1 Ɔde me fa akwantenenee so, \q2 ne din enti. \q1 \v 4 Sɛ menam \q2 owuo sum kabii mu mpo a, \q1 mensuro bɔne bi, \q2 ɛfiri sɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ; \q1 wʼabaa ne wo poma \q2 na ɛkyekyere me werɛ. \b \q1 \v 5 Woto me ɛpono wɔ \q2 mʼatamfoɔ anim. \q1 Wode ngo afɔ me tirim; \q2 me kuruwa ayɛ ma abu so. \q1 \v 6 Yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi mʼakyi \q2 me nkwa nna nyinaa; \q1 na mɛtena \nd Awurade\nd* fie \q2 daa. \c 24 \cl Dwom 24 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ \nd Awurade\nd* dea; \q2 ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no; \q1 \v 2 ɛfiri sɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo so \q2 na ɔde sii nsuo ani. \b \q1 \v 3 Hwan na ɔbɛtumi aforo \nd Awurade\nd* bepɔ no? \q2 Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ? \q1 \v 4 Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ, \q2 deɛ ne kra nni ahoni akyi \q2 na ɔnnka ntanhunu. \b \q1 \v 5 Ɔbɛnya \nd Awurade\nd* nsam nhyira \q2 ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn. \q1 \v 6 Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* no teɛ, \q2 wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn. \b \q1 \v 7 Mo apono, mommuebue \q2 mommuebue, mo tete apono, \q2 na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu. \q1 \v 8 Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi? \q2 Ɔno ne \nd Awurade\nd* ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no; \q2 \nd Awurade\nd* a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ. \q1 \v 9 Mommuebue, Ao mo apono \q2 mommuebue, mo tete apono, \q2 na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu. \q1 \v 10 Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi? \q2 Asafo \nd Awurade\nd* no, \q2 ɔno ne animuonyam Ɔhene no. \c 25 \cl Dwom 25 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, mema me kra so kyerɛ wo; \q2 \v 2 wo so, Ao me Onyankopɔn, na mede me ho to. \q1 Mma mʼanim ngu ase \q2 na mma mʼatamfoɔ nso nni me so nkonim. \q1 \v 3 Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara \q2 ani renwu da, \q1 mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no \q2 anim bɛgu ase. \b \q1 \v 4 Kyerɛ me wʼakwan, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 na me nhunu wʼatempɔn. \q1 \v 5 Fa wo nokorɛ no so kyerɛkyerɛ me, \q2 ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefoɔ, \q2 na mʼani da wo so daa nyinaa. \q1 \v 6 Kae, Ao \nd Awurade\nd*, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛseɛ \q2 a ɛwɔ hɔ firi tete no. \q1 \v 7 Nkae me mmabunu berɛ mu bɔne \q2 ne mʼatuateɛ akwan; \q1 kae me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, \q2 Ao \nd Awurade\nd*, ɛfiri sɛ wo yɛ. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* yɛ, na ɔtene; \q2 enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ nʼakwan. \q1 \v 9 Ɔde ahobrɛasefoɔ fa ɛkwan pa so \q2 na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛdeɛ. \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokorɛdie \q2 ma wɔn a wɔdi nʼapam mu ahyɛdeɛ soɔ. \q1 \v 11 Ao \nd Awurade\nd*, me bɔne so deɛ, \q2 nanso wo din enti, fa kyɛ me. \b \q1 \v 12 Enti hwan ne onipa a ɔsuro \nd Awurade\nd*? \q2 Ɔbɛkyerɛ no kwan a wabɔ ama no. \q1 \v 13 Ɔbɛdi yie wɔ ne nkwa nna mu, \q2 na nʼasefoɔ afa asase no sɛ wɔn agyapadeɛ. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wɔsuro no; \q2 na ɔma wɔhunu nʼapam. \q1 \v 15 Mʼani da \nd Awurade\nd* so daa, \q2 ɛfiri sɛ ɔno nko ara na ɔbɛyi me nan afiri afidie mu. \b \q1 \v 16 Dane wʼani hwɛ me, na dom me, \q2 ɛfiri sɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ. \q1 \v 17 Mʼakoma mu dadwene adɔɔso; \q2 yi me dadwene firi me so. \q1 \v 18 Hwɛ me haw ne mʼahohiahia \q2 na yi me bɔne nyinaa firi me so. \q1 \v 19 Hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ adɔɔso \q2 ne ɔtan kɛseɛ a wɔde tan me! \q1 \v 20 Bɔ me nkwa ho ban na gye me. \q2 Mma mʼanim ngu ase, \q2 ɛfiri sɛ me dwanekɔbea ne wo. \q1 \v 21 Ma tenenee ne nokorɛ mmɔ me ho ban, \q2 ɛfiri sɛ mʼani da wo so. \b \q1 \v 22 Gye Israel, Ao Onyankopɔn, \q2 firi wɔn haw nyinaa mu. \c 26 \cl Dwom 26 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Bu me bem, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: \q1 mede me ho too \nd Awurade\nd* so \q2 na manhinhim. \q1 \v 2 Sɔ me hwɛ, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu. \q1 \v 3 Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daa \q2 na mɛnante wo nokorɛ mu. \b \q1 \v 4 Me ne nnaadaafoɔ ntena \q2 na me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ. \q1 \v 5 Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔ \q2 na mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena. \q1 \v 6 Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu, \q2 na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao \nd Awurade\nd*, \q1 \v 7 na mepae mu ka wʼayɛyie \q2 na meka wʼanwanwadeɛ nyinaa. \b \q1 \v 8 Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 baabi a wʼanimuonyam wɔ no. \q1 \v 9 Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ. \q2 Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho, \q1 \v 10 wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam \q2 na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma. \b \q1 \v 11 Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ. \q2 Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa. \b \q1 \v 12 Me nan sisi asase tamaa so; \q2 na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo \nd Awurade\nd*. \c 27 \cl Dwom 27 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* ne me hann ne me nkwagyeɛ; \q2 hwan na mensuro no? \q1 \nd Awurade\nd* ne me nkwa ahoɔden, \q2 na hwan anim na me ho mpopoɔ? \b \q1 \v 2 Sɛ nnipa bɔne toa me \q2 pɛ sɛ wɔkum me a, \q1 sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so a \q2 wɔbɛsuntisunti ahwehwe ase. \q1 \v 3 Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, \q2 mʼakoma rentu; \q1 mpo sɛ wɔtu me so sa a, \q2 ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu. \b \q1 \v 4 Adeɛ baako na mebisa \nd Awurade\nd*; \q2 na ɛno na mehwehwɛ; \q1 sɛ mɛtena \nd Awurade\nd* fie \q2 me nkwa nna nyinaa, \q1 na mahwɛ \nd Awurade\nd* ahoɔfɛ \q2 na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie. \q1 \v 5 Wɔ hia ɛda mu no \q2 ɔde me sie nʼatenaeɛ; \q1 ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu. \q2 Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro. \b \q1 \v 6 Afei ɔbɛma me tiri so \q2 wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so; \q1 mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu; \q2 na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 7 Ao, \nd Awurade\nd*, sɛ mesu frɛ wo a, tie me! \q2 Hu me mmɔbɔ na gye me so! \q1 \v 8 Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!” \q2 Wʼanim, Ao \nd Awurade\nd* na mɛhwehwɛ. \q1 \v 9 Mfa wʼanim nhinta me, \q2 mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔ \q2 me ɔboafoɔ ne wo. \q1 Mpo me na nnya me, \q2 Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn. \q1 \v 10 Mʼagya ne me maame bɛgya me hɔ deɛ, \q2 nanso \nd Awurade\nd* bɛgye me. \q1 \v 11 Kyerɛ me wʼakwan, Ao \nd Awurade\nd*; \q2 fa me fa ɛkwan tee so, \q2 me nhyɛsofoɔ enti. \q1 \v 12 Nnyaa me mma sɛdeɛ mʼatamfoɔ pɛ, \q2 adansekurumfoɔ sɔre tia me \q2 na wɔpu awurukasɛm. \b \q1 \v 13 Meda so wɔ saa anidasoɔ yi sɛ: \q2 mɛhunu \nd Awurade\nd* ayamyɛ \q2 wɔ ateasefoɔ asase so. \q1 \v 14 Twɛn \nd Awurade\nd*. \q2 Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru \q2 na twɛn \nd Awurade\nd*. \c 28 \cl Dwom 28 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Wo na mesu mefrɛ wo, \q2 Ao \nd Awurade\nd* me Botan; \q2 nsi wʼaso wɔ me enti. \q1 Sɛ woyɛ komm a, \q2 mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. \q1 \v 2 Tie me mmɔborɔ su \q2 ɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoa \q1 ɛberɛ a mema me nsa so \q2 kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ. \b \q1 \v 3 Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔ \q2 wɔn a wɔyɛ bɔne no. \q1 Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ \q2 nanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu. \q1 \v 4 Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so; \q2 wɔn adwuma bɔne no so; \q1 tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka \q2 na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so. \b \q1 \v 5 Sɛ wɔmmu deɛ \nd Awurade\nd* ayɛ \q2 ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti, \q1 ɔbɛbrɛ wɔn ase \q2 na ɔremma wɔnnsɔre bio. \b \q1 \v 6 Ayɛyie nka \nd Awurade\nd*, \q2 ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su. \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm; \q2 mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me. \q1 Mʼakoma di ahurisie \q2 na mede dwomtoɔ bɛda no ase. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ; \q2 ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo. \q1 \v 9 Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ; \q2 yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ. \c 29 \cl Dwom 29 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Momfa mma \nd Awurade\nd* no, Ao ɔsoro abɔdeɛ, \q2 momfa animuonyam ne tumi mma \nd Awurade\nd*. \q1 \v 2 Momfa animuonyam a ɛfata \nd Awurade\nd* din mma no; \q2 monsɔre \nd Awurade\nd* wɔ nʼanimuonyam kronkron mu. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* nne wɔ nsuo no so; \q2 animuonyam Onyankopɔn bobom, \q1 \nd Awurade\nd* bobom wɔ nsuo akɛseɛ so. \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* nne mu wɔ tumi; \q2 \nd Awurade\nd* nne mu wɔ animuonyam. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* nne bubu ntweneduro; \q2 \nd Awurade\nd* nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete. \q1 \v 6 Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba, \q2 na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba. \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* nne pa ma anyinam ogya dɛre \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* nne woso ɛserɛ so; \q2 \nd Awurade\nd* woso Kades serɛ. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* nne kyinkyim adum \q2 na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa. \q1 Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ, \q2 “Animuonyam nka Onyankopɔn!” \b \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* di ɔhene wɔ nsuyire so; \q2 wɔasi \nd Awurade\nd* ɔhene afebɔɔ. \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden, \q2 na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn. \c 30 \cl Dwom 30 \d Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano. Dawid dwom. \q1 \v 1 Mema wo so, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 ɛfiri sɛ, woayi me afiri ebunu mu \q2 na woamma mʼatamfoɔ ansere me. \q1 \v 2 Ao \nd Awurade\nd* me Onyankopɔn, mesu frɛɛ wo sɛ boa me \q2 na wosaa me yadeɛ. \q1 \v 3 Ao \nd Awurade\nd*, woyii me firii damena mu; \q2 wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amena mu. \q1 \v 4 Monto ayɛyie nnwom mma \nd Awurade\nd*; \q2 mo a moyɛ nʼahotefoɔ! \q1 Monkamfo ne din kronkron no. \q1 \v 5 Nʼabufuo nkyɛre, \q2 na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; \q1 agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, \q2 nanso ahosɛpɛ bɛba anɔpa. \q1 \v 6 Metee nka sɛ mewɔ banbɔ no, mekaa sɛ, \q2 “Merenhinhim da.” \q1 \v 7 Ao \nd Awurade\nd*, woyɛɛ me adom no \q2 womaa me bepɔ gyinaa pintinn \q1 na wode wʼanim hintaa me no, \q2 me bo tuiɛ. \b \q1 \v 8 Wo, \nd Awurade\nd* na mefrɛɛ woɔ; \q2 wo hɔ na mesu mesrɛɛ mmɔborɔhunu sɛ: \q1 \v 9 “Mfasoɔ bɛn na ɛwɔ me sɛeɛ ho, \q2 sɛ mɛkɔ amena mu? \q1 Mfuturo bɛyi wo ayɛ anaa? \q2 Ɛbɛpae mu aka wo nokorɛdie anaa? \q1 \v 10 Tie me, Ao \nd Awurade\nd*, na hunu me mmɔbɔ! \q2 Ao \nd Awurade\nd*, yɛ me ɔboafoɔ.” \b \q1 \v 11 Wodanee mʼagyaadwotwa yɛɛ no asa; \q2 woyii mʼayitoma firii me ho \q2 na wode anigyeɛ firaa me, \q1 \v 12 sɛ mʼakoma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. \q2 Ao \nd Awurade\nd* me Onyankopɔn, mɛda wo ase daa. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 31 \cl Dwom 31 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Wo mu, Ao \nd Awurade\nd*, na manya hintabea; \q2 mma mʼanim ngu ase; \q2 firi wo tenenee mu gye me. \q1 \v 2 Yɛ aso ma me, \q2 bra ntɛm bɛgye me; \q1 yɛ me banbɔ botan, \q2 aban a mʼatamfoɔ nsa renka me. \q1 \v 3 Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti, \q2 wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan. \q1 \v 4 Gye me firi afidie a wɔasum me no mu, \q2 ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea. \q1 \v 5 Wo nsam na mede me kra hyɛ; \q2 gye me bio, Ao \nd Awurade\nd*, Onyankopɔn nokwafoɔ. \b \q1 \v 6 Mekyiri wɔn a wɔsom abosom huhuo; \q2 mede me ho to \nd Awurade\nd* so. \q1 \v 7 Mʼani bɛgye na madi ahurisie wɔ wo dɔ mu, \q2 ɛfiri sɛ wohunu mʼamanehunu \q2 na wonim me kra mu haw. \q1 \v 8 Woamfa me amma ɔtamfoɔ no \q2 mmom wode me nan asisi petee mu. \b \q1 \v 9 Hu me mmɔbɔ, Ao \nd Awurade\nd*, ɛfiri sɛ me ho yera me; \q2 awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu \q2 ɛyea ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛ. \q1 \v 10 Ateeteeɛ rete me nkwa so \q2 na abooboo te me mfeɛ so; \q1 ɔhaw enti mʼahoɔden kɔ fam \q2 na me nnompe nso ahodwo. \q1 \v 11 Mʼatamfoɔ nyinaa enti, \q2 mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; \q1 nnipa a wɔnim me suro me, \q2 na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane. \q1 \v 12 Obiara werɛ afiri me te sɛ deɛ mawuo; \q2 mayɛ sɛ kukuo a abɔ. \q1 \v 13 Mete dodoɔ no nsekuro. \q2 Ahunahuna atwa me ho ahyia. \q1 Wɔrepam me tiri so \q2 na wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛkum me. \b \q1 \v 14 Nanso, mede me ho ato wo so, Ao \nd Awurade\nd*; \q2 meka sɛ, “Woyɛ me Onyankopɔn.” \q1 \v 15 Me mmerɛ wɔ wo nsam \q2 gye me firi mʼatamfoɔ \q2 ne wɔn a wɔtaa me no nsam. \q1 \v 16 Te wʼanim kyerɛ wo ɔsomfoɔ; \q2 gye me wɔ wo dɔ a ɛnsa da no mu. \q1 \v 17 Mma mʼanim ngu ase, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 ɛfiri sɛ masu mafrɛ wo; \q1 mmom, ma amumuyɛfoɔ anim ngu ase \q2 na wɔnna wɔn damena mu komm. \q1 \v 18 Mua atorofoɔ ano, \q2 ɛfiri sɛ wɔde ahantan ne anintiabuo \q2 kasa tia teneneefoɔ. \b \q1 \v 19 Wo papayɛ dɔɔso, \q2 ɛno na woakora ama wɔn a wɔsuro woɔ no; \q1 ɛno na wode ma wɔn a wɔdwane toa woɔ no \q2 wɔ nnipa anim. \q1 \v 20 Wode wɔn sie wʼanim banbɔ mu \q2 firi nnipa nsusuiɛ bɔne ho; \q1 wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo \q2 firi tɛkrɛma a ɛbɔ soboɔ ho. \b \q1 \v 21 Ayɛyi nka \nd Awurade\nd*! \q2 Sɛ wayi ne dɔ nwanwasoɔ akyerɛ me \q2 ɛberɛ a na mewɔ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia no mu. \q1 \v 22 Mebɔɔ huboa no, mekaa sɛ: \q2 “Woayi wʼani me so!” \q1 Nanso wotee me mmɔborɔ su \q2 ɛberɛ a mekoto srɛɛ woɔ no. \b \q1 \v 23 Monnɔ \nd Awurade\nd*, mo a moyɛ nʼahotefoɔ nyinaa! \q2 \nd Awurade\nd* kora wɔn a wodi nokorɛ so, \q2 na ahomasofoɔ deɛ ɔtua wɔn ka pɛpɛɛpɛ. \q1 \v 24 Monhyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, \q2 mo a mowɔ anidasoɔ wɔ \nd Awurade\nd* mu nyinaa. \c 32 \cl Dwom 32 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Nhyira ne wɔn a \q2 wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, \q2 na wɔakata wɔn bɔne so. \q1 \v 2 Nhyira nka onipa a \q2 \nd Awurade\nd* mmu ne bɔne ngu ne so, \q2 na nnaadaa nni ne honhom mu. \b \q1 \v 3 Ɛberɛ a meyɛɛ komm no, \q2 me nnompe yɛɛ mmrɛ \q2 apinie a mesii no da mu nyinaa enti. \q1 \v 4 Awia ne anadwo \q2 wo nsa yɛɛ den wɔ me so; \q1 mʼahoɔden saeɛ \q2 sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ. \q1 \v 5 Afei, megyee me bɔne too mu. \q2 Mankata mʼamumuyɛ so. \q1 Mekaa sɛ, “Mɛka \q2 me bɔne akyerɛ \nd Awurade\nd*,” \q2 na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me. \b \q1 \v 6 Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ \q2 ɛberɛ a wɔhunu woɔ; \q1 ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a, \q2 ɛrenka no. \q1 \v 7 Wone me hintabea; \q2 wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu \q2 na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia. \b \q1 \v 8 Mɛkyerɛkyerɛ wo ɛkwan a wobɛfa soɔ \q2 mɛtu wo fo na mahwɛ wo so. \q1 \v 9 Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a \q2 ɔnni nteaseɛ enti \q1 wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no \q2 sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn. \q1 \v 10 Ɔmumuyɛfoɔ amanehunu dɔɔso, \q2 nanso \nd Awurade\nd* adɔeɛ a ɛnsa da no, \q2 ɛtwa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia. \b \q1 \v 11 Monni ahurisie na mo ani nnye wɔ \nd Awurade\nd* mu, mo teneneefoɔ; \q2 monto dwom, mo a mo akoma mu teɛ. \c 33 \cl Dwom 33 \q1 \v 1 Momfa ahurisie nto dwom mma \nd Awurade\nd*, mo teneneefoɔ, \q2 ɛfata sɛ wɔn a wɔtene no yi no ayɛ. \q1 \v 2 Momfa sankuo nkamfo \nd Awurade\nd*; \q2 monto dwom mma no wɔ sankuten so. \q1 \v 3 Monto dwom foforɔ mma no. \q2 Momfa nimdeɛ mmɔ sankuo no na monteam ahurisie so! \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛ \q2 ɔdi nokorɛ wɔ deɛ ɔyɛ nyinaa mu. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee. \q2 Nʼadɔeɛ a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma. \b \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, \q2 nʼanom homeɛ so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo. \q1 \v 7 Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo; \q2 na ɔde ebunu siee deɛ ɛhɔ dɔ. \q1 \v 8 Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro \nd Awurade\nd*; \q2 na ewiasefoɔ nyinaa mfa anidie mma no. \q1 \v 9 Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa mu \q2 na ɔhyɛeɛ na ɛgyinaa pintinn. \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ; \q2 ɔma adasamma nsusuiɛ yɛ kwa. \q1 \v 11 Nanso, \nd Awurade\nd* nhyehyɛeɛ tim hɔ daa, \q2 nʼakoma mu botaeɛ wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ. \b \q1 \v 12 Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne \nd Awurade\nd*, \q2 nnipa a ɔyii wɔn sɛ nʼagyapadeɛ no. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* hwɛ adasamma nyinaa firi soro. \q1 \v 14 Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa. \q1 \v 15 Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma, \q2 enti ɔnim deɛ wɔyɛ nyinaa. \q1 \v 16 Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no; \q1 ɛnyɛ ɔkofoɔ ahoɔden na ɛbɛma no afiri mu afi. \q1 \v 17 Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu; \q2 nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa. \q1 \v 18 Nanso \nd Awurade\nd* ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so, \q2 wɔn a wɔwɔ anidasoɔ wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu, \q1 \v 19 sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu \q2 na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɛkɔm berɛ mu. \b \q1 \v 20 Yɛde anidasoɔ twɛn \nd Awurade\nd*; \q2 ɔyɛ yɛn ɔboafoɔ ne yɛn akokyɛm. \q1 \v 21 Ne mu na yɛn akoma di ahurisie, \q2 ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so. \q1 \v 22 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ntena yɛn so, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 sɛdeɛ anidasoɔ a yɛwɔ wɔ mu no teɛ. \c 34 \cl Dwom 34 \d Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔboa pa danee ɔbɔdamfoɔ wɔ Abimelek anim no na ɔpanin no gyaee no ma ɔkɔeɛ no akyi. \q1 \v 1 Mede aseda bɛma \nd Awurade\nd* berɛ nyinaa; \q2 nʼayɛyie wɔ mʼanom daa. \q1 \v 2 Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ \nd Awurade\nd* mu; \q2 ma amanehunufoɔ nte na wɔn nni ahurisie. \q1 \v 3 Mo ne me nkamfo \nd Awurade\nd*; \q2 momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din! \b \q1 \v 4 Mefrɛɛ \nd Awurade\nd* na ɔgyee me so; \q2 na ɔyii me firii mʼakomatuo nyinaa mu. \q1 \v 5 Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn \q2 na wɔn anim rengu ase da. \q1 \v 6 Ohiani yi frɛeɛ, na \nd Awurade\nd* tiee no; \q2 na ɔgyee no firii nʼahohia nyinaa mu. \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* ɔbɔfoɔ wɛn wɔn a wɔsuro no, \q2 na ɔgye wɔn. \b \q1 \v 8 Monka nhwɛ na monhunu sɛ \nd Awurade\nd* yɛ. \q2 Nhyira ne onipa a ɔhinta wɔ ne mu. \q1 \v 9 Monsuro \nd Awurade\nd*, mo a moyɛ nʼahotefoɔ, \q2 na wɔn a wɔsuro noɔ no nhia hwee. \q1 \v 10 Agyata yɛ mmrɛ na ɛkɔm de wɔn, \q2 nanso wɔn a wɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* no, adepa biara remmɔ wɔn. \b \q1 \v 11 Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; \q2 mɛkyerɛkyerɛ mo \nd Awurade\nd* ho suro. \q1 \v 12 Mo mu hwan na ɔpɛ nkwa \q2 na ɔpɛ sɛ ɔhunu nna papa bebree? \q1 \v 13 Ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa. \q1 \v 14 Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ papa; \q2 hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no. \b \q1 \v 15 \nd Awurade\nd* ani wɔ ateneneefoɔ so \q2 na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ; \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne, \q2 sɛ ɔbɛyi wɔn nkaeɛ afiri asase yi so. \b \q1 \v 17 Ateneneefoɔ team su, na \nd Awurade\nd* tie wɔn; \q2 ɔyi wɔn firi wɔn haw nyinaa mu. \q1 \v 18 \nd Awurade\nd* bɛn wɔn a wɔapa aba \q2 na ɔgye wɔn a wɔadwerɛ wɔn wɔ honhom mu no nkwa. \b \q1 \v 19 Onipa tenenee bɛhunu amaneɛ bebree \q2 nanso \nd Awurade\nd* gye no firi ne nyinaa mu; \q1 \v 20 ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban, \q2 sɛdeɛ emu baako mpo mmu. \b \q1 \v 21 Bɔne bɛkum ɔdebɔneyɛfoɔ; \q2 ɔteneneeni atamfoɔ bɛnya afɔbuo. \q1 \v 22 \nd Awurade\nd* gye nʼasomfoɔ nkwa; \q2 wɔn a wɔdwane toa noɔ no mu biara renkɔ afɔbuo mu. \c 35 \cl Dwom 35 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd* wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie; \q2 ko tia wɔn a wɔko tia me. \q1 \v 2 Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu; \q2 na sɔre bra bɛboa me. \q1 \v 3 Twe pea ne abonnua \q2 wɔ wɔn a wɔtaa me so \q1 ka kyerɛ me kra sɛ, \q2 “Mene wʼagyenkwa.” \b \q1 \v 4 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no \q2 ma wɔn anim ngu ase; \q1 wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho pɔ no \q2 ma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi. \q1 \v 5 Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo \q2 wɔn a \nd Awurade\nd* ɔbɔfoɔ repam wɔn. \q1 \v 6 Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro, \q2 na \nd Awurade\nd* ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so. \q1 \v 7 Esiane sɛ wɔde atena sum me afidie kwa \q2 na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti \q1 \v 8 ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu \q2 na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn, \q2 na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe. \q1 \v 9 Afei me kra ani bɛgye wɔ \nd Awurade\nd* mu \q2 na wasɛpɛ ne ho wɔ ne nkwagyeɛ mu. \q1 \v 10 Me onipadua nyinaa bɛteam aka sɛ, \q2 “Hwan na ɔte sɛ wo, Ao \nd Awurade\nd*? \q1 Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam \q2 ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam.” \b \q1 \v 11 Adansekurumfoɔ sɔre; \q2 wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm. \q1 \v 12 Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka \q2 na wɔma me kra yɛ basaa. \q1 \v 13 Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma \q2 na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase. \q1 Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no, \q2 \v 14 mekɔɔ so twaa adwo \q2 sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. \q1 Mede awerɛhoɔ sii me ti ase \q2 te sɛ deɛ meregyam me maame. \q1 \v 15 Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano; \q2 ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim \q2 na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da. \q1 \v 16 Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛ te sɛ nnipa a wɔnni nyamesu; \q2 wɔtwɛree wɔn se guu me so. \q1 \v 17 Ao \nd Awurade\nd*, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn? \q2 Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu, \q2 gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam. \q1 \v 18 Na mɛda wo ase wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; \q2 wɔ nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ. \b \q1 \v 19 Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no \q2 nhwɛ me haa nsere. \q1 Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no \q2 mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ. \q1 \v 20 Wɔnnkasa asomdwoeɛ so, \q2 na mmom, wɔde ntwatosoɔ \q2 tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so. \q1 \v 21 Wɔhwɛ me haa ka sɛ, “Aane! Aane, \q2 yɛde yɛn ankasa ani ahunu.” \b \q1 \v 22 Ao \nd Awurade\nd*, wahunu na mmua wʼano. \q2 Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade. \q1 \v 23 Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban! \q2 Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade. \q1 \v 24 Di mʼasɛm ma me wɔ wo tenenee no mu, Ao \nd Awurade\nd* me Onyankopɔn; \q2 mma wɔn nhwɛ me haa nsere. \q1 \v 25 Mma wɔnnwene nka sɛ, “Aane, deɛ yɛpɛ ni!” \q2 anaa wɔnnka sɛ, “Yɛanya no.” \b \q1 \v 26 Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me wɔ mʼahohiahia mu no \q2 nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; \q1 ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no \q2 nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ. \q1 \v 27 Ma wɔn a wɔdi ahurisie wɔ me bembuo ho no \q2 mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam \q1 ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka sɛ, “Momma \nd Awurade\nd* so, \q2 ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho.” \q1 \v 28 Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee \q2 ne wʼayɛyie da mu nyinaa. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 36 \cl Dwom 36 \d \nd Awurade\nd* ɔsomfoɔ Dawid dwom. \q1 \v 1 Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma so \q2 a ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho. \q1 Wɔnnsuro Onyankopɔn. \q1 \v 2 Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodo \q2 enti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ. \q1 \v 3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa; \q2 ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa. \q1 \v 4 Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne; \q2 na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwan \q2 na ɔmpo deɛ ɛnyɛ. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, wʼadɔeɛ duru sorosoro \q2 wo nokorɛdie duru ewiem tɔnn. \q1 \v 6 Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ. \q2 Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu. \q1 Ao \nd Awurade\nd*, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so. \q2 \v 7 Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo! \q1 Nnipa mu akɛseɛ ne nketewa \q2 nya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. \q1 \v 8 Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fie \q2 woma wɔnom firi wʼanika asutene no mu. \q1 \v 9 Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ; \q2 wo hann mu na yɛhunu hann. \b \q1 \v 10 Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo, \q2 ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu. \q1 \v 11 Mma ɔhantanni nan ntia me \q2 anaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me. \q1 \v 12 Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase, \q2 wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio. \c 37 \cl Dwom 37 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti; \q2 mma wʼani mmere wɔn a wɔyɛ bɔne; \q1 \v 2 Wɔte sɛ ɛserɛ, ɛnkyɛre na ahye, \q2 wɔte sɛ dua mono, ɛnkyɛre na awu. \b \q1 \v 3 Fa wo ho to \nd Awurade\nd* so na yɛ papa. \q2 Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea hɔ. \q1 \v 4 Ma wʼani nka \nd Awurade\nd* ho \q2 na woama wo deɛ wʼakoma pɛ. \b \q1 \v 5 Fa wʼakwan hyɛ \nd Awurade\nd* nsam; \q2 na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ: \q1 \v 6 ɔbɛma wo teneneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyeeɛ, \q2 na wʼatɛntenenee ayɛ sɛ owigyinaeɛ. \b \q1 \v 7 Yɛ komm wɔ \nd Awurade\nd* anim na to wo bo ase twɛn no, \q2 nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho \q2 ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so. \b \q1 \v 8 Mma wo bo mfu, na gyae abufuhyeɛ; \q2 nha wo ho, ɛkɔwie bɔne nko ara. \q1 \v 9 Wɔbɛtwa nnebɔneyɛfoɔ agu, \q2 nanso wɔn a wɔn ani da \nd Awurade\nd* soɔ no, \q2 wɔbɛnya asase no adi so. \b \q1 \v 10 Ɛrenkyɛre, nnebɔneyɛfoɔ bɛyera. \q2 Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhunu wɔn. \q1 \v 11 Nanso ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi so \q2 na wɔanya asomdwoeɛ mmorosoɔ. \q1 \v 12 Amumuyɛfoɔ bɔ pɔ bɔne tia ateneneefoɔ \q2 na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so; \q1 \v 13 nanso, \nd Awurade\nd* sere amumuyɛfoɔ, \q2 na ɔnim sɛ wɔn nna abɛn. \b \q1 \v 14 Amumuyɛfoɔ twe akofena \q2 na wɔkuntunu wɔn tadua mu \q1 sɛ wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ, \q2 sɛ wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene. \q1 \v 15 Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu, \q2 na wɔn tadua mu abubu. \b \q1 \v 16 Kakra a ateneneefoɔ wɔ no som bo \q2 sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya; \q1 \v 17 ɛfiri sɛ, amumuyɛfoɔ ahoɔden bɛsa \q2 nanso \nd Awurade\nd* bɛwowa ateneneefoɔ. \b \q1 \v 18 \nd Awurade\nd* nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna, \q2 na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa. \b \q1 \v 19 Ahohiahia berɛ mu wɔremmrɛ. \q2 Ɛkɔm berɛ mu wɔbɛnya ma abu so. \q1 \v 20 Nanso, amumuyɛfoɔ bɛyera. \q2 \nd Awurade\nd* atamfoɔ bɛyɛ te sɛ wiram nhwiren; \q2 wɔbɛtu ayera sɛ wisie. \q1 \v 21 Amumuyɛfoɔ pɛ bosea, na wɔntua, \q2 nanso ɔteneneeni de ahummɔborɔ ma; \q1 \v 22 Wɔn a \nd Awurade\nd* ahyira wɔn no bɛnya asase no adi so, \q2 na wɔn a ɔdome wɔn no wɔbɛtwa wɔn agu. \b \q1 \v 23 Sɛ \nd Awurade\nd* ani sɔ onipa akwan a, \q2 ɔma nʼanammɔntuo si pi. \q1 \v 24 Sɛ ɔsunti a ɔrenhwe ase, \q2 ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* kura no wɔ ne nsam. \b \q1 \v 25 Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa, \q2 na menhunuu ɔteneneeni a \nd Awurade\nd* apa nʼakyi \q2 anaasɛ ne mma resrɛ aduane. \q1 \v 26 Ɛberɛ biara ɔyɛ adɔeɛ, na ɔde fɛm kwa; \q2 na ne mma bɛnya nhyira. \b \q1 \v 27 Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa \q2 na wobɛtena asase no so afebɔɔ. \q1 \v 28 Ɛfiri sɛ, \nd Awurade\nd* pɛ deɛ ɛtene, \q2 na ɔrennya ne nkurɔfoɔ nokwafoɔ no. \b \q1 Wɔbɛnya banbɔ daa nyinaa \q2 Nanso, amumuyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn agu. \q1 \v 29 Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi so \q2 na wɔatena so afebɔɔ. \b \q1 \v 30 Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm, \q2 na ne tɛkrɛma ka deɛ ɛtene. \q1 \v 31 Ne Onyankopɔn mmara wɔ nʼakoma mu; \q1 ne nan nnwatiri. \b \q1 \v 32 Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ \q2 hwehwɛ sɛ wɔbɛkum wɔn, \q1 \v 33 nanso, \nd Awurade\nd* nnyaa wɔn mma wɔn \q2 na ɔremma wɔmmu wɔn kumfɔ wɔ asɛnniiɛ. \q1 \v 34 Montwɛn \nd Awurade\nd* \q2 na monhwɛ nʼakwan. \q1 Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so; \q2 sɛ wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu. \b \q1 \v 35 Mahunu omumuyɛfoɔ a ɔyɛ basabasa \q2 sɛ ɔredi yie sɛ dua mono a ɛsi asase pa soɔ, \q1 \v 36 nanso ankyɛre na ɛwuiɛ a wɔnhunu no bio; \q2 mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no. \b \q1 \v 37 Susu deɛ ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ deɛ ɔtene; \q2 na asomdwoeɛ onipa bɛnya asetena pa daakye. \q1 \v 38 Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ nyinaa; \q2 na wɔbɛtɔre wɔn asefoɔ ase. \b \q1 \v 39 Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi \nd Awurade\nd* \q2 ɔne wɔn aban wɔ amanehunu berɛ mu. \q1 \v 40 \nd Awurade\nd* boa wɔn na ɔgye wɔn; \q2 ɔyi wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam na ɔgye wɔn nkwa, \q2 ɛfiri sɛ wɔhinta wɔ ne mu. \c 38 \cl Dwom 38 \d Dawid dwom. Adesrɛ. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu \q2 na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuhyeɛ mu. \q1 \v 2 Wo bɛmma ahwire me mu, \q2 na wo nsa adwerɛ me. \q1 \v 3 Wʼabofuhyeɛ no enti, ahoɔden biara nni me mu; \q2 me bɔne enti, me nnompe ahodwo. \q1 \v 4 Mʼafɔdie amene me \q2 te sɛ adesoa a emu yɛ duru dodo. \q1 \v 5 Mʼakuro bɔn na aporɔ \q2 ɛsiane me bɔne mu agyimisɛm enti. \q1 \v 6 Makoto na wɔabrɛ me ase; \q2 da mu nyinaa menantenante twa agyaadwoɔ. \q1 \v 7 Mʼakyi dompe mu yea boro so: \q2 ahoɔden biara nni me onipadua mu. \q1 \v 8 Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa. \q2 Mʼakoma mu yea ma me si apinie. \q1 \v 9 Ao \nd Awurade\nd*, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; \q2 mʼapinisie nhintaa wo. \q1 \v 10 Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa \q2 mpo mʼaniwa aduru sum. \q1 \v 11 Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me; \q2 mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho. \q1 \v 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie, \q2 wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ. \q2 Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho. \b \q1 \v 13 Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm, \q2 mete sɛ mumu a ɔntumi nkasa. \q1 \v 14 Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, \q2 deɛ nʼano ntumi mma mmuaeɛ. \q1 \v 15 Ao \nd Awurade\nd*, meretwɛn wo; \q2 Ao \nd Awurade\nd* me Onyankopɔn, wobɛgye me so. \q1 \v 16 Mekaa sɛ, “Mma wɔn ani nnye; \q2 anaa mma wɔnhoahoa wɔn ho wɔ me nan a awatiri no enti.” \b \q1 \v 17 Mereyɛ mahwe ase, \q2 na me yea da so wɔ me mu. \q1 \v 18 Meka me mfomsoɔ kyerɛ; \q2 me bɔne hyɛ me so. \q1 \v 19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfoɔ; \q2 wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso. \q1 \v 20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no \q2 bɔ me ahohora ɛberɛ a mereyɛ papa. \b \q1 \v 21 Ao, \nd Awurade\nd* nnya me. \q2 Ao me Onyankopɔn, nkɔ akyiri! \q1 \v 22 Bra ntɛm bɛboa me, \q2 \nd Awurade\nd*, mʼAgyenkwa. \d Wɔde ma ɔdwomkyerɛfoɔ no. Yedutun. \c 39 \cl Dwom 39 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Mekaa sɛ, “Mɛhwɛ mʼakwan yie \q2 na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; \q1 mɛto mʼano nnareka \q2 ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi. \q1 \v 2 Nanso brɛ a meyɛɛ komm \q2 a manka asɛm papa biara mpo no \q2 mʼapinisie mu yɛɛ den. \q1 \v 3 Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu \q2 na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu \q2 na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ: \b \q1 \v 4 “Ao \nd Awurade\nd*, ma menhunu me nkwa awieeɛ \q2 ne me nna dodoɔ; \q1 ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so. \q1 \v 5 Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ; \q2 na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so. \q2 Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ. \q1 \v 6 Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa; \q2 ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa; \q2 ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea. \b \q1 \v 7 “Afei \nd Awurade\nd* ɛdeɛn na merehwehwɛ? \q2 Mʼanidasoɔ wɔ wo mu. \q1 \v 8 Gye me firi me bɔne nyinaa mu; \q2 mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ. \q1 \v 9 Meyɛɛ komm, na mammue mʼano \q2 ɛfiri sɛ, wo na woayɛ yei. \q1 \v 10 Yi wʼasotwe firi me so; \q2 wo nsa ano amanehunu amene me. \q1 \v 11 Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; \q2 wosɛe wɔn ahonya te sɛ nweweboa \q2 onipa biara yɛ ahomeɛ kɛkɛ. \b \q1 \v 12 “Ao \nd Awurade\nd*, tie me mpaeɛbɔ, \q2 tie me sufrɛ; \q2 nsi wʼaso wɔ me su ho \q1 Me ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ, \q2 sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no. \q1 \v 13 Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bio \q2 ansa na mafiri ha a mente ase bio.” \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 40 \cl Dwom 40 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Mede boasetɔ twɛnee \nd Awurade\nd*; \q2 na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ. \q1 \v 2 Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu, \q2 firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu; \q1 ɔde me nan sii ɔbotan so \q2 na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ. \q1 \v 3 Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom, \q2 ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn. \q1 Bebree bɛhunu na wɔasuro \q2 na wɔde wɔn werɛ ahyɛ \nd Awurade\nd* mu. \b \q1 \v 4 Nhyira ne onipa a \q2 ɔde \nd Awurade\nd* yɛ nʼahotɔsoɔ, \q1 deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so, \q2 ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi. \q1 \v 5 Ao \nd Awurade\nd* me Onyankopɔn \q2 woayɛ anwanwadeɛ bebree. \q1 Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no \q2 obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; \q1 sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a \q2 ɛbɛdɔɔso dodo. \b \q1 \v 6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, \q2 woabue mʼaso ama mahunu; \q2 woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ. \q1 \v 7 Na mekaa sɛ “Mewɔ ha, \q2 merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no. \q1 \v 8 Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ; \q2 mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.” \b \q1 \v 9 Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase; \q2 meremmua mʼano, \q2 Ao \nd Awurade\nd*, sɛdeɛ wonim no. \q1 \v 10 Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu; \q2 meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm. \q1 Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so \q2 wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase. \q1 \v 11 Ao \nd Awurade\nd*, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so; \q2 ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa. \q1 \v 12 Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; \q2 mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio. \q1 Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi, \q2 na mʼakoma aboto wɔ me mu. \q1 \v 13 Ao \nd Awurade\nd*, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me; \q2 Ao \nd Awurade\nd*, bra ntɛm bɛboa me. \q1 \v 14 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa, \q2 ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; \q1 ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no, \q2 wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi. \q1 \v 15 Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no, \q2 ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho. \q1 \v 16 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa \q2 ani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu; \q1 ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ, \q2 “Momma \nd Awurade\nd* so!” \b \q1 \v 17 Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; \q2 ma \nd Awurade\nd* nnwene me ho. \q1 Wone me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; \q2 Ao me Onyankopɔn, bra ntɛm. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 41 \cl Dwom 41 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no. \q2 \nd Awurade\nd* gye no wɔ amanehunu berɛ mu. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra. \q2 Ɔbɛhyira no wɔ asase no so; \q2 ɔrennyaa no mma nʼatamfoɔ apɛdeɛ. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* bɛhwɛ no wɔ ne yadeɛ mpa so \q2 na wagye no asi hɔ. \q1 \v 4 Mekaa sɛ, “Ao \nd Awurade\nd* hunu me mmɔbɔ; \q2 sa me yadeɛ, ɛfiri sɛ mayɛ bɔne atia wo.” \q1 \v 5 Mʼatamfoɔ de adwene bɔne ka wɔ me ho sɛ: \q2 “Da bɛn na ɔbɛwu ama ne din ayera?” \q1 \v 6 Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no, \q2 ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ; \q2 ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro. \q1 \v 7 Mʼatamfoɔ nyinaa keka asomusɛm fa me ho; \q2 wɔsusu bɔne ma me na wɔka sɛ: \q1 \v 8 “Yare bɔne bi abɔ no; \q2 ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.” \q1 \v 9 Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too ne soɔ, \q2 deɛ me ne no too nsa didiiɛ no, \q2 asɔre atia me. \b \q1 \v 10 Nanso wo, \nd Awurade\nd*, hunu me mmɔbɔ; \q2 pagya me, na mentua wɔn so ka. \q1 \v 11 Menim sɛ wʼani sɔ me, \q2 na me ɔtamfoɔ renni me so nkonim. \q1 \v 12 Me nokorɛdie mu, wokura me mu \q2 na wode me gyina wʼanim afebɔɔ. \b \b \q1 \v 13 Nhyira nka \nd Awurade\nd*, Israel Onyankopɔn, \q2 ɛnnɛ ne daa nyinaa. \qc Amen ne Amen! \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 42 \ms 1 NWOMA A ƐTƆ SO MMIENU \mr Nnwom 42–72 \cl Dwom 42 \d Kora mma “maskil” dwom. \q1 \v 1 Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no, \q2 saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn. \q1 \v 2 Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no. \q2 Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn? \q1 \v 3 Me nisuo ayɛ mʼaduane \q2 awia ne anadwo, \q1 na da mu nyinaa nnipa bisa me sɛ: \q2 “Wo Onyankopɔn wɔ he?” \q1 \v 4 Saa nneɛma yi na mekae \q2 ɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm; \q1 sɛdeɛ na medi asafokuo anim, \q2 na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwom \q1 nante yuu bom kɔ Onyankopɔn fie \q2 wɔ afahyɛ da. \b \q1 \v 5 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? \q2 Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? \q1 Fa wo ho to Onyankopɔn so, \q2 na mɛkɔ so ayi no ayɛ, \q2 mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn. \b \q1 \v 6 Me kra aboto wɔ me mu \q2 enti mɛkae wo \q1 firi Yordan asase so, \q2 Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so. \q1 \v 7 Ebunu kɔ ebunu mu \q2 wɔ wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu; \q1 wʼasorɔkye nyinaa \q2 abu afa me so. \b \q1 \v 8 Adekyeɛ mu \nd Awurade\nd* kyerɛ nʼadɔeɛ; \q2 adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn. \q2 Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa. \b \q1 \v 9 Mebisa Onyankopɔn me Botan sɛ, \q2 “Adɛn enti na wo werɛ afiri me? \q1 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo, \q2 mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?” \q1 \v 10 Me nnompe te yea sɛ ɔdasani. \q2 Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti, \q1 daa nyinaa wɔbisa me sɛ, \q2 “Wo Onyankopɔn wɔ he?” \b \q1 \v 11 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? \q2 Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? \q1 Fa wo ho to Onyankopɔn so, \q2 na mɛkɔ so ayi no ayɛ, \q2 mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn. \c 43 \cl Dwom 43 \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, bu me bem, \q2 na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me; \q2 gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam. \q1 \v 2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden. \q2 Adɛn enti na woapo me? \q1 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo \q2 mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti? \q1 \v 3 Soma wo hann ne wo nokorɛ \q2 ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan; \q1 ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so, \q2 faako a woteɛ hɔ. \q1 \v 4 Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim \q2 mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn. \q1 Mede sankuo bɛyi wo ayɛ, \q2 Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn. \b \q1 \v 5 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra? \q2 Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa? \q1 Fa wo ho to Onyankopɔn so, \q2 na mɛkɔ so ayi no ayɛ, \q2 mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn. \d Dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 44 \cl Dwom 44 \d Kora mma “maskil” dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate; \q2 yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn; \q1 deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so, \q2 wɔ tete mmerɛ no mu. \q1 \v 2 Wode wo nsa pamoo amanaman no \q2 na wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ; \q1 wodwerɛɛ nnipa no \q2 na womaa yɛn agyanom dii yie. \q1 \v 3 Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no, \q2 na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie; \q1 ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, \q2 ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn. \b \q1 \v 4 Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn, \q2 deɛ ɔhyɛ nkonimdie ma Yakob. \q1 \v 5 Ɛnam wo so na yɛpamoo yɛn Atamfoɔ; \q2 wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔkyiri yɛn soɔ. \q1 \v 6 Meremfa me ho nto mʼagyan so \q2 mʼakofena remfa nkonimdie mmrɛ me; \q1 \v 7 na wo na woma yɛdi yɛn atamfoɔ so. \q2 Wogu wɔn a wɔtane yɛn anim ase. \q1 \v 8 Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa \q2 na yɛbɛkamfo wo din no daa daa. \b \q1 \v 9 Nanso seesei woapo yɛn abrɛ yɛn ase; \q2 wone yɛn asraafoɔ nnkɔ ɔsa bio. \q1 \v 10 Woma yɛdwane firii ɛdɔm anim \q2 ma yɛn atamfoɔ fom yɛn agyapadeɛ. \q1 \v 11 Woyii yɛn maa sɛ wɔnkum yɛn sɛ nnwan \q2 na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu. \q1 \v 12 Wotɔn wo nkurɔfoɔ fofoofo, \q2 na woannya mfasoɔ biara amfiri mu. \b \q1 \v 13 Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ, \q2 animtiabudeɛ ne aseredeɛ ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia. \q1 \v 14 Woayɛ yɛn akasabɛbuo wɔ aman no mu \q2 na nnipa no woso wɔn ti de gu yɛn so. \q1 \v 15 Mʼanimguaseɛ di mʼanim daa, \q2 na aniwuo akata mʼanim \q1 \v 16 ɛsiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi, \q2 ɛsiane ɔtamfoɔ a nʼani abre sɛ ɔbɛtɔ were no enti. \b \q1 \v 17 Yeinom nyinaa too yɛn deɛ, \q2 nanso yɛn werɛ mfirii wo, \q2 na yɛmmuu wʼapam no nso so. \q1 \v 18 Yɛn akoma ntwe mfirii wo ho; \q2 na yɛn nan nso mmane mfirii wo kwan so. \q1 \v 19 Nanso wodwerɛɛ yɛn yɛɛ yɛn sakraman tuo \q2 na wode esum kabii kataa yɛn so. \b \q1 \v 20 Sɛ na yɛn werɛ afiri yɛn Onyankopɔn din \q2 anaa sɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ ananafoɔ nyame a \q1 \v 21 anka Onyankopɔn bɛhunu, \q2 ɛfiri sɛ ɔnim akoma mu ahintasɛm. \q1 \v 22 Nanso, wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa; \q2 wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn. \b \q1 \v 23 Nyane, Ao \nd Awurade\nd*! Adɛn enti na wada? \q2 Keka wo ho! Nnya yɛn hɔ afebɔɔ. \q1 \v 24 Adɛn enti na wode wʼanim ahinta \q2 na wo werɛ firi yɛn ahohia ne nhyɛsoɔ? \b \q1 \v 25 Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔteɛ mu \q2 na yɛn onipadua aka afam dɔteɛ. \q1 \v 26 Sɔre bɛboa yɛn; \q2 wʼadɔeɛ a ɛnsa da no enti, gye yɛn. \d Wɔde “Sukooko” sankuo dwomtobea na ɛtoeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 45 \cl Dwom 45 \d Kora mma dwom. Ayeforɔhyia dwom. \q1 \v 1 Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma \q2 ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no; \q2 me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua. \b \q1 \v 2 Wodi mu wɔ mmarima mu \q2 na wɔde adom bi asra wʼano, \q2 ɛsiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no enti. \q1 \v 3 Fa wʼakofena bɔ wo nkyɛn mu, Ao Otumfoɔ; \q2 fa animuonyam ne kɛseyɛ fira. \q1 \v 4 Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdie so \q2 wɔ nokorɛ, ahobrɛaseɛ ne tenenee mu; \q2 ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwanwa no adi. \q1 \v 5 Ma wo bɛmma namnam no nhwere ɔhene atamfoɔ akoma mu; \q2 na ma amanaman nhwe wo nan ase. \q1 \v 6 Ao Onyankopɔn, wʼahennwa no bɛtena hɔ daa daa; \q2 tenenee ahempoma bɛyɛ wʼahennie no ahempoma. \q1 \v 7 Wodɔ tenenee na wokyiri bɔne. \q2 Ɛno enti Onyankopɔn, wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, \q2 na ɔde anigyeɛ ngo asra wo. \q1 \v 8 Kurobo, pɛperɛ ne bɛwewonua hwa agye wo batakari mu nyinaa; \q2 sankuo so nnwom a ɛfiri ahemfie a wɔde asonse asiesie ho mu \q2 ma wʼani gye. \q1 \v 9 Ahemfo mmammaa ka wo mmaa atitire ho; \q2 wo nsa nifa so na ayeforɔ dehyeɛ a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. \b \q1 \v 10 Ao ɔbabaa tie, dwene ho na yɛ ɔsetie; \q2 ma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ ne wo agya fie. \q1 \v 11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; \q2 di no nni, ɛfiri sɛ ɔno ne wo wura. \q1 \v 12 Tiro Babaa de ayɛyɛdeɛ bɛba; \q2 mmarima adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo. \b \q1 \v 13 Ɔhene babaa a ɔwɔ ne piam no yɛ onimuonyamfoɔ \q2 wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatadeɛ yuu mu. \q1 \v 14 Ɔhyɛ ntadeɛ a wɔadi mu adwinneɛ na wɔde no kɔma ɔhene; \q2 ne mfɛfoɔ mmaabunu di nʼakyi \q2 na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo. \q1 \v 15 Wɔde ahosɛpɛ ne anigyeɛ kɔ mu; \q1 wɔhyɛne ɔhempɔn no ahemfie. \b \q1 \v 16 Wo mmammarima bɛsi wʼagyanom ananmu \q2 wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa. \q1 \v 17 Mɛma wɔakae wo wɔ awontoatoasoɔ nyinaa mu; \q2 ɛno enti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 46 \cl Dwom 46 \d Kora mma dwom. Wɔto no “alamot” sankuo nne so. \q1 \v 1 Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden, \q2 amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara. \q1 \v 2 Enti sɛ asase ani dane butu \q2 na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro, \q1 \v 3 sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru \q2 na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro. \b \q1 \v 4 Asutene bi wɔ hɔ a \q2 ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu, \q2 beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ. \q1 \v 5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; \q2 Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema. \q1 \v 6 Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase; \q2 ɔma ne nne so ma asase nane. \b \q1 \v 7 Otumfoɔ \nd Awurade\nd* ka yɛn ho. \q2 Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban. \b \q1 \v 8 Bra bɛhwɛ \nd Awurade\nd* nnwuma, \q2 ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so. \q1 \v 9 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano. \q2 Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea; \q2 ɔde ogya hye nkataboɔ. \q1 \v 10 Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn; \q2 wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, \q2 wɔbɛma me so wɔ asase so. \b \q1 \v 11 Otumfoɔ \nd Awurade\nd* ka yɛn ho; \q2 Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 47 \cl Dwom 47 \d Kora mma dwom. \q1 \v 1 Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; \q2 momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa, \q2 Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! \q1 \v 3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, \q2 na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase. \q1 \v 4 Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn, \q2 deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ. \b \q1 \v 5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. \q2 \nd Awurade\nd* wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu. \q1 \v 6 To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom; \q2 to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom. \b \q1 \v 7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene. \q2 Monto ahurisie nnwom mma no. \q1 \v 8 Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so \q2 Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so. \q1 \v 9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano \q2 sɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ, \q1 ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea; \q2 na wɔma no so yɛ no kɛseɛ. \c 48 \cl Dwom 48 \d Kora mma dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* yɛ kɛseɛ na ɔsɛ nkamfo \q2 wɔ yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔ kronkron so. \q1 \v 2 Kuropɔn no ɔsorokɔ yɛ fɛ, \q2 ɛyɛ ewiase nyinaa anigyedeɛ. \q1 Bepɔ Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea, \q2 Ɔhene Kɛseɛ no kuropɔn. \q1 \v 3 Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu. \q2 Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼaban. \b \q1 \v 4 Ɛberɛ a ahemfo yi boaa wɔn ho ano, \q2 na wɔtuu ɔsa bɔɔ mu no, \q1 \v 5 wɔhunuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwirie, \q2 na wɔde ehu dwaneeɛ. \q1 \v 6 Nketenkete kyeree wɔn wɔ hɔ, \q2 ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a awoɔ aka no. \q1 \v 7 Wosɛee wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a \q2 apueeɛ mframa abɔ adwira wɔn. \b \q1 \v 8 Sɛdeɛ yɛate no, \q2 saa ara na yɛahunu \q1 wɔ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* kuropɔn no mu, \q2 yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu; \q2 Onyankopɔn ma ɛtim hɔ afebɔɔ. \b \q1 \v 9 Wʼasɔredan no mu, Ao Onyankopɔn, \q2 na yɛdwene wo dɔ a ɛnsa da no ho, \q1 \v 10 Ao Onyankopɔn, wʼayɛyie duru asase ano \q2 te sɛ wo din; \q2 tenenee ayɛ wo nsa nifa mu ma. \q1 \v 11 Sion bepɔ di ahurisie, \q2 Yuda nkuraase no ani gye \q1 ɛsiane wʼatemmuo no enti. \b \q1 \v 12 Nante Sion na twa ho hyia, \q2 kan nʼabantenten dodoɔ, \q1 \v 13 dwene nʼafasuo ho yie, \q2 hwɛ nʼabankɛsewa no, \q2 na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma. \q1 \v 14 Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Onyankopɔn daa daa; \q2 mpo ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ akɔsi awieeɛ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 49 \cl Dwom 49 \d Kora mma dwom. \q1 \v 1 Nnipa nyinaa, montie; \q2 monyɛ aso, mo a mowɔ ewiase yi mu nyinaa, \q1 \v 2 deɛ ɔyɛ abomfiaa ne deɛ ɔdi mu, \q2 adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa. \q1 \v 3 Mʼano bɛka anyansasɛm; \q2 nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu. \q1 \v 4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm; \q2 na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase. \b \q1 \v 5 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne, \q2 ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia, \q1 \v 6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ \q2 na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho? \q1 \v 7 Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa \q2 na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn. \q1 \v 8 Nkwa ho mpata boɔ yɛ den, \q2 sika biara rentumi ntɔ, \q1 \v 9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ \q2 a ɔrenhunu porɔeɛ. \q1 \v 10 Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu; \q2 saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo \q2 na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ. \q1 \v 11 Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ. \q2 Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu, \q2 wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi. \b \q1 \v 12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; \q2 ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara. \b \q1 \v 13 Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die, \q2 ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ. \q1 \v 14 Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu, \q2 na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane. \q1 Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa; \q2 wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu, \q2 na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware. \q1 \v 15 Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu; \q2 ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. \b \q1 \v 16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo; \q2 na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo; \q1 \v 17 ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ, \q2 nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu. \q1 \v 18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, \q2 ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie, \q1 \v 19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, \q2 wɔn a wɔrenhunu nkwa hann ara da no. \b \q1 \v 20 Onipa a ɔwɔ ahonya na ɔnni nhunumu no, \q2 ɔte sɛ aboa a ɔwuo. \c 50 \cl Dwom 50 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Tweaduampɔn, Onyankopɔn, \nd Awurade\nd* no kasa, \q2 na ɔfrɛ asase nyinaa \q2 ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ. \q1 \v 2 Onyankopɔn hran firi Sion \q2 kuro a ne fɛ wie pɛ yɛ. \q1 \v 3 Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm; \q2 ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim, \q2 ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia. \q1 \v 4 Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase, \q2 sɛ ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn; \q1 \v 5 Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me, \q2 wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.” \q1 \v 6 Ɔsoro pae mu ka ne tenenee, \q2 na Onyankopɔn ankasa ne ɔtemmufoɔ. \b \q1 \v 7 “Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa, \q2 mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel; \q2 Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no. \q1 \v 8 Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔdeɛ \q2 anaa mo hyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ mʼanim daa no ho. \q1 \v 9 Anantwinini a wɔfiri mo mfuo so \q2 anaa mpapo a wɔfiri mo buo mu ho nhia me, \q1 \v 10 ɛfiri sɛ kwaeɛ mu aboa biara yɛ me dea, \q2 anantwie a wɔwɔ nkokoɔ mpempem so nso saa ara. \q1 \v 11 Menim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔ no so, \q2 na wiram abɔdeɛ nyinaa yɛ me dea. \q1 \v 12 Sɛ ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; \q2 ɛfiri sɛ, ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ me dea. \q1 \v 13 Mewe anantwinini nam, \q2 na menom mpapo mogya anaa? \q1 \v 14 Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn, \q2 na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so, \q1 \v 15 na momfrɛ me da hiada; \q2 na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.” \q1 \v 16 Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ, \q1 “Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm \q2 na mʼapam da mo ano? \q1 \v 17 Mokyiri me nkyerɛkyerɛ \q2 na moto me nsɛm gu mo akyi. \q1 \v 18 Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no; \q2 na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ. \q1 \v 19 Mode mo ano yɛ bɔne \q2 na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano. \q1 \v 20 Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara \q2 na mosopa mo ankasa maame ba. \q1 \v 21 Moayɛ yeinom nyinaa; nanso manka hwee, \q2 enti mosusu sɛ mete sɛ mo. \q1 Nanso mɛka mo anim \q2 na mede mo soboɔ asi mo anim. \b \q1 \v 22 “Monnwene yei ho, mo a mo werɛ firi Onyankopɔn, \q2 anyɛ saa a, mɛtete mo mu nketenkete a obiara mmɛgye mo; \q1 \v 23 Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, \q2 na ɔsiesie ɛkwan \q2 sɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no.” \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 51 \cl Dwom 51 \d Dawid dwom a ɔtoo no ɛberɛ a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifoɔ Natan kɔɔ ne nkyɛn no. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ, \q2 sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ; \q1 wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti, \q2 pepa me mmarato. \q1 \v 2 Hohoro mʼamumuyɛ nyinaa \q2 na te me ho firi me bɔne mu! \q1 \v 3 Na mahunu me mmarato, \q2 na mekae me bɔne daa. \q1 \v 4 Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko ara \q2 na mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, \q1 enti, wodi bem wɔ wo kasa mu \q2 na wotene wɔ wʼatemmuo mu. \q1 \v 5 Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, \q2 na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me. \q1 \v 6 Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu. \q2 Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ. \b \q1 \v 7 Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte; \q2 dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma. \q1 \v 8 Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka; \q2 na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie. \q1 \v 9 Kata wʼani wɔ me bɔne ho \q2 na pepa mʼamumuyɛ nyinaa. \b \q1 \v 10 Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu, \q2 na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ. \q1 \v 11 Mpamo me mfiri wʼanim \q2 na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu. \q1 \v 12 Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio \q2 na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me. \b \q1 \v 13 Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan, \q2 na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn. \q1 \v 14 Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu. \q2 Onyame a wogye me nkwa, \q2 na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom. \q1 \v 15 Ao Awurade, bue mʼano fafa, \q2 na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie. \q1 \v 16 Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ; \q2 wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho. \q1 \v 17 Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ. \q2 Ao Onyankopɔn, \q2 worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma. \q1 \v 18 Ao Onyankopɔn, ma Sion nya nkɔsoɔ wɔ wʼanigyeɛ mu; \q2 na to Yerusalem afasuo. \q1 \v 19 Afei afɔrebɔ a ɛho teɛ bɛba, \q2 ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛdi mu a ɛbɛsɔ wʼani; \q2 na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔdeɛ wʼafɔrebukyia so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 52 \cl Dwom 52 \d Dawid “maskil” dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid akɔ Ahimelek fie” no. \q1 \v 1 Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? \q2 Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, \q2 wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so? \q1 \v 2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ; \q2 ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe. \q1 Wo a wotwa nkontompo nko ara. \q1 \v 3 Wʼani gye bɔne ho sene papa, \q2 wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ. \q1 \v 4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, \q2 Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ! \b \q1 \v 5 Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo; \q2 ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu; \q2 Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so. \q1 \v 6 Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro; \q2 wɔbɛsere no na wɔaka sɛ, \q1 \v 7 “Hwɛ, onipa no nie \q2 deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden \q1 na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so \q2 na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!” \b \q1 \v 8 Nanso, mete sɛ ngo dua a \q2 ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie: \q1 mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so \q2 daa nyinaa. \q1 \v 9 Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti; \q2 wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ. \q2 Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto. \c 53 \cl Dwom 53 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ, \q2 “Onyankopɔn bi nni hɔ.” \q1 Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ. \q2 Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa. \b \q1 \v 2 Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ fam \q2 sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a \q1 wɔwɔ nteaseɛ, \q2 anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. \q1 \v 3 Obiara amane; \q2 wɔn nyinaa ayɛ bɔne; \q1 wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa; \q2 ɔbaako mpo nni hɔ. \b \q1 \v 4 Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa? \q2 Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane. \q2 Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn. \q1 \v 5 Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa! \q2 Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ. \q1 Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu; \q2 wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa. \b \q1 \v 6 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra! \q2 Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn. \q2 Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye! \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so. \c 54 \cl Dwom 54 \d Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.” \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; \q2 fa wo tumi di mʼasɛm ma me. \q1 \v 2 Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; \q2 tie mʼanom nsɛm. \q1 \v 3 Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. \q2 Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; \q2 nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. \b \q1 \v 4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; \q2 Awurade ne me hwɛfoɔ. \b \q1 \v 5 Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; \q2 wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn. \b \q1 \v 6 Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; \q2 Ao \nd Awurade\nd*, mɛyi wo din ayɛ, \q2 ɛfiri sɛ ɛyɛ. \q1 \v 7 Woagye me afiri me haw nyinaa mu, \q2 na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ. \c 55 \cl Dwom 55 \d Dawid “maskil” dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ, \q2 mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so, \q2 \v 2 tie me na gye me so. \q2 Me dadwene ha me na ama mayɛ basaa, \q1 \v 3 wɔ deɛ mʼatamfoɔ reka \q2 ne sɛdeɛ amumuyɛfoɔ hwɛ me haa nti; \q1 wɔde amanehunu brɛ me; \q2 na wɔde abufuo sopa me. \b \q1 \v 4 Mʼakoma wɔ ahoyera mu; \q2 na owuo huboa aba me so. \q1 \v 5 Ehu ne ahopopoɔ akyekyere me. \q2 Ahodwirie abu afa me so. \q1 \v 6 Mekaa sɛ, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo a, \q2 anka mɛtu akɔ ama me ho atɔ me, \q1 \v 7 anka mɛtu akɔ akyirikyiri \q2 akɔtena ɛserɛ so; \q1 \v 8 anka mɛyɛ ntɛm akɔ mʼahintaeɛ, \q2 baabi a mframaden ne ahum mmɛn koraa.” \b \q1 \v 9 Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, \q2 ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu. \q1 \v 10 Awia ne anadwo wɔtetɛ nʼafasuo ho; \q2 adwemmɔne ne nsisie wɔ mu. \q1 \v 11 Adesɛefoɔ dɔm reyɛ adwuma kuropɔn no mu. \q2 Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔntene so daa. \b \q1 \v 12 Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔresopa me a, \q2 anka mɛtumi agyina ano; \q2 sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔrema ne ho so atia me a, \q2 anka mɛtumi de me ho ahinta no. \q1 \v 13 Nanso, ɛyɛ wo, ɔdasani te sɛ me, \q1 me yɔnko pa ne me mʼadamfo brɛboɔ, \q1 \v 14 a kane no na me ne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den \q2 ɛberɛ a yɛn nyinaa abɔ mu yuu rekɔ Onyankopɔn fie no. \b \q1 \v 15 Ma owuo mmɛfa mʼatamfoɔ mpofirim; \q2 ma wɔnkɔ damena mu anikann, \q2 ɛfiri sɛ bɔne te wɔn mu. \b \q1 \v 16 Nanso, mesu frɛ Onyankopɔn, \q2 na \nd Awurade\nd* gye me nkwa. \q1 \v 17 Anwummerɛ, anɔpa ne awia, \q2 mede mmɔborɔnne su frɛ no, \q2 na ɔte me nne. \q1 \v 18 Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didim \q2 wɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu, \q2 mpo bebree na wɔko tia me. \q1 \v 19 Onyankopɔn a wɔasi no ɔhene afebɔɔ no, \q2 ɔbɛte wɔn nka na waha wɔn, \q1 ɔbɛha nnipa a wɔnsesa wɔn akwan da \q2 na wɔnsuro Onyankopɔn nso. \b \q1 \v 20 Me yɔnko to hyɛ ne nnamfonom so; \q2 na ɔbu nʼapam so. \q1 \v 21 Ɔwɔ tɛkrɛmawoɔ, \q2 nanso ɔtan wɔ nʼakomam. \q1 Nʼano asɛm dwodwo sene ngo, \q2 nanso ɛyɛ akofena a wɔatwe. \b \q1 \v 22 Fa wo haw to \nd Awurade\nd* so \q2 na ɔno na ɔbɛgye wo; \q2 ɔremma ɔteneneeni nhwe ase. \q1 \v 23 Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ ase \q2 ama wɔakɔ porɔeɛ amena mu; \q1 mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔ \q2 renni wɔn nkwanna mu fa. \b \q1 Me deɛ, mede me ho to wo so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.” \c 56 \cl Dwom 56 \d Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a Filistifoɔ kyeree no wɔ Gat no. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so; \q2 da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu. \q1 \v 2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; \q2 wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso. \b \q1 \v 3 Sɛ mebɔ hu a, \q2 mede me ho bɛto wo so. \q1 \v 4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, \q2 mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. \q2 Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me? \b \q1 \v 5 Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne; \q2 ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me. \q1 \v 6 Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ, \q2 wɔhwɛ mʼanammɔntuo, \q2 na wɔpere sɛ wɔbɛkum me. \b \q1 \v 7 Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni; \q2 Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu. \q1 \v 8 Twerɛ me kwadwom to hɔ; \q2 sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu. \q2 Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa? \b \q1 \v 9 Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a, \q2 mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi. \q2 Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa. \q1 \v 10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, \q2 \nd Awurade\nd* a mekamfo nʼasɛm no, \q1 \v 11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. \q2 Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me? \b \q1 \v 12 Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase, \q2 mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo. \q1 \v 13 Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu, \q2 woamma me nan ansunti, \q1 sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn anim \q2 wɔ nkwa hann mu. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No.” \c 57 \cl Dwom 57 \d Dawid dwom a ɔtooɛ ɛberɛ a ɔdwane firii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. \q1 \v 1 Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ, \q2 na wo mu na me kra nya dwanekɔbea. \q1 Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea \q2 kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam. \b \q1 \v 2 Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; \q2 Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho. \q1 \v 3 Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa, \q2 ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim; \q2 Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ. \b \q1 \v 4 Agyata atwa me ho ahyia; \q2 meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu, \q2 nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma \q2 na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam. \q1 \v 5 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; \q2 ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so. \b \q1 \v 6 Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie, \q2 ahohiahia brɛɛ me ase. \q1 Wɔtuu amena wɔ me kwan mu, \q2 nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu. \q1 \v 7 Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn, \q2 mʼakoma nhinhim; \q2 mɛto dwom na mayi wo ayɛ. \q1 \v 8 Me kra nyane! \q2 Sankuo ne bɛnta, monnyane! \q2 Me nso mɛnyane anɔpahema. \b \q1 \v 9 Ao \nd Awurade\nd*, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu; \q2 mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu. \q1 \v 10 Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro; \q2 wo nokorɛ kɔka ewiem. \q1 \v 11 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; \q2 ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No” sankuo nne so. \c 58 \cl Dwom 58 \d Dawid “miktam” dwom. \q1 \v 1 Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa? \q2 Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa? \q1 \v 2 Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomam \q2 na mo nsa de akakabensɛm ba asase so. \q1 \v 3 Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu; \q2 wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ. \q1 \v 4 Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ. \q2 Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso, \q1 \v 5 a ɔnte ntafowayifoɔ dwom, \q2 na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho. \b \q1 \v 6 Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom, \q2 Ao \nd Awurade\nd*, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu! \q1 \v 7 Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan; \q2 sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu. \q1 \v 8 Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ. \q2 Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia. \b \q1 \v 9 Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea, \q2 sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ. \q1 \v 10 Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye, \q2 na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu. \q1 \v 11 Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua; \q2 na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.” \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 59 \cl Dwom 59 \d Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Ɛnsɛe No” sankuo nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Saulo soma kɔwɛn Dawid fie sɛ wɔbɛkum no. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam; \q2 bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho. \q1 \v 2 Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam. \q2 Gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam. \b \q1 \v 3 Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me \q2 akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me \q2 a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao \nd Awurade\nd*. \q1 \v 4 Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so. \q2 Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu! \q1 \v 5 Ao Asafo \nd Awurade\nd* Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, \q2 ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; \q2 nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ. \b \q1 \v 6 Wɔsane ba anwummerɛ, \q2 wɔpɔ so sɛ nkraman, \q2 na wɔkyinkyin kuropɔn no mu. \q1 \v 7 Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu, \q2 wɔfe akofena firi wɔn anomu \q2 na wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”? \q1 \v 8 Nanso, wo \nd Awurade\nd*, wosere wɔn; \q2 wodi saa aman no nyinaa ho fɛw. \b \q1 \v 9 Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo; \q2 wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ, \q2 \v 10 me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. \b \q1 Onyankopɔn bɛdi mʼanim \q2 na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa. \q1 \v 11 Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm, \q2 na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn. \q1 Wo tumi mu no ma wɔnnantenante, \q2 na brɛ wɔn ase. \q1 \v 12 Bɔne a ɛfiri wɔn anomu, \q2 ne wɔn ano nsɛm enti \q1 ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn. \q2 Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti, \q2 \v 13 sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu, \q2 kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre. \q1 Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu \q2 sɛ Onyankopɔn di Yakob so. \b \q1 \v 14 Wɔsane ba anwummerɛ, \q2 wɔpɔ so sɛ nkraman \q2 na wɔkyinkyin kuropɔn no mu. \q1 \v 15 Wɔkyinkyini pɛ aduane \q2 na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom. \q1 \v 16 Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, \q2 mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa; \q1 ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ, \q2 mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu. \b \q1 \v 17 Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo; \q2 wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.” \c 60 \cl Dwom 60 \d Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no ɛberɛ a ɔne Aram Naharanfoɔ ne Aram Sabafoɔ koeɛ na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dumienu wɔ Nkyene Bɔnhwa mu no. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu; \q2 wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio! \q1 \v 2 Woawoso asase no na woapae mu; \q2 toatoa deɛ abubuo no, ɛfiri sɛ, ɛrehinhim. \q1 \v 3 Woama wo nkurɔfoɔ ahunu mmerɛ bɔne; \q2 woama yɛn nsã a ɛma yɛtɔ ntentan. \b \q1 \v 4 Nanso wɔn a wɔsuro wo deɛ, woama wɔn frankaa so \q2 sɛ wɔntu ntia kuntun no. \b \q1 \v 5 Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, \q2 na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa. \q1 \v 6 Onyankopɔn akasa firi kronkronbea sɛ, \q2 “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, \q2 na masusu Sukot bɔnhwa no. \q1 \v 7 Gilead wɔ me, Manase wɔ me; \q2 Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, \q2 ɛna Yuda yɛ mʼahempoma. \q1 \v 8 Moab yɛ me dwaresɛn, \q2 Edom so na meto me mpaboa guo; \q2 na meteam nkonimdie so gu Filistifoɔ so.” \b \q1 \v 9 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? \q2 Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom? \q1 \v 10 Ɛnyɛ wo, Ao Onyankopɔn, wo a woapo yɛn \q2 na wone yɛn akodɔm ankɔ sa bio no? \q1 \v 11 Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, \q2 na ɔdasani mmoa nka hwee. \q1 \v 12 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, \q2 na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ. \c 61 \cl Dwom 61 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ; \q2 tie me mpaeɛbɔ. \b \q1 \v 2 Mefiri asase ano frɛ wo, \q2 mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha; \q2 fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so. \q1 \v 3 Woayɛ me dwanekɔbea, \q2 aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no. \b \q1 \v 4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ \q2 na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. \q1 \v 5 Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn; \q2 na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me. \b \q1 \v 6 To ɔhene nkwa nna mu bebree; \q2 na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ. \q1 \v 7 Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa. \q2 Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban. \b \q1 \v 8 Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa \q2 na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun. \c 62 \cl Dwom 62 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Me ɔkra wɔ ahomegyeɛ wɔ Onyankopɔn nko ara mu; \q2 me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn. \q1 \v 2 Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; \q2 ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da. \b \q1 \v 3 Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn? \q2 Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa? \q2 Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔ wɔn ani so. \q1 \v 4 Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me \q2 afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so; \q1 wɔn ani gye atorɔ die ho. \q2 Wɔde wɔn ano hyira \q1 na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome. \b \q1 \v 5 Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; \q2 na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ. \q1 \v 6 Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ; \q2 ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim. \q1 \v 7 Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so; \q2 ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea. \q1 \v 8 Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa; \q2 monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no, \q2 ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea. \b \q1 \v 9 Nnipa nyinaa te sɛ home; \q2 akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee; \q1 sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee; \q2 wɔn nyinaa bɔ mu a, wɔyɛ home mu tutuo. \q1 \v 10 Mommfa mo ho nto nsisie so \q2 na monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho; \q1 ɛwom sɛ mo ahonya dɔɔso deɛ, \q2 nanso mommfa mo akoma nto so. \b \q1 \v 11 Asɛm baako na Onyankopɔn aka, \q2 nsɛm mmienu na mateɛ sɛ, \q1 wo, Onyankopɔn, wo na wowɔ ahoɔden, \q2 \v 12 na wo, Awurade, wo na woyɛ adɔeɛ. \q2 Ampa ara, wobɛtua obiara ka \q2 sɛdeɛ nʼadwuma teɛ. \c 63 \cl Dwom 63 \d Dawid dwom. Ɛberɛ a ɔwɔ Yuda Ɛserɛ so no na ɔtoeɛ. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn \q2 Mehwehwɛ wo anibereɛ so; \q1 wo ho sukɔm de me kra, \q2 me onipadua ani agyina wo, \q1 wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so, \q2 baabi a nsuo nnie. \b \q1 \v 2 Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ \q2 mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam. \q1 \v 3 Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti \q2 mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam. \q1 \v 4 Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, \q2 na wo din mu na mɛpagya me nsa. \q1 \v 5 Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi; \q2 mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ. \b \q1 \v 6 Meda me mpa so a, mekae wo. \q2 Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho. \q1 \v 7 Ɛfiri sɛ, wone ne ɔboafoɔ, \q2 wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom. \q1 \v 8 Me kra bata wo ho; \q2 na wo nsa nifa kura me mu. \b \q1 \v 9 Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; \q2 wɔbɛkɔ asase ase tɔnn. \q1 \v 10 Wɔbɛdane wɔn ama akofena \q2 na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman. \b \q1 \v 11 Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu; \q2 wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, \q2 na wɔbɛmua atorofoɔ ano. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 64 \cl Dwom 64 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, tie me ɛberɛ a mereka me haw; \q2 bɔ me ɔkra ho ban firi ɔtamfoɔ ahunahuna ho. \q1 \v 2 Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho, \q2 ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho. \b \q1 \v 3 Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena \q2 na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo. \q1 \v 4 Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm; \q2 wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro. \b \q1 \v 5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho, \q2 wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie; \q2 wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?” \q1 \v 6 Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ, \q2 “Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!” \q1 Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire. \b \q1 \v 7 Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn; \q2 na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ. \q1 \v 8 Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn \q2 na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu; \q2 na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko wɔ animtiabuo so. \b \q1 \v 9 Adasamma nyinaa bɛsuro; \q2 wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma \q2 na wɔasusu deɛ wayɛ ho. \q1 \v 10 Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu \q2 na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu; \q2 ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ! \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 65 \cl Dwom 65 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion, \q2 na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so. \q1 \v 2 Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ, \q2 wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba. \q1 \v 3 Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no, \q2 wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn. \q1 \v 4 Nhyira nka wɔn a woyi wɔn \q2 ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ! \q1 Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma, \q2 deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no. \b \q1 \v 5 Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ, \q2 Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa. \q1 Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ \q2 ne ɛpo so akyirikyiri nso. \q1 \v 6 Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ \q2 de daa wʼahoɔden adi. \q1 \v 7 Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ, \q2 asorɔkye no a ɛbobɔ \q2 ne amanaman no hooyɛ. \q1 \v 8 Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ. \q2 Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ, \q2 wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ. \b \q1 \v 9 Wohwɛ asase no gugu so nsuo; \q2 woma no yɛ asase pa ma ɛboro so. \q1 Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma \q2 sɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane. \q2 Sɛdeɛ woayɛ no nie. \q1 \v 10 Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyee \q2 na wokaa nkofie no sram so; \q1 wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ \q2 na wohyiraa ɛso afifideɛ. \q1 \v 11 Wode nnɔbaeɛ bebree wiee afe no, \q2 na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so. \q1 \v 12 Ɛserɛ so wira dɔɔso \q2 na anigyeɛ baa nkokoɔ so. \q1 \v 13 Nnwankuo ahyɛ adidibea hɔ ma \q2 na ayuo akata mmɔnhwa no so; \q2 wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 66 \cl Dwom 66 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn! \q2 \v 2 Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom; \q2 momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ! \q1 \v 3 Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa \q2 wo tumi so \q2 na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim. \q1 \v 4 Asase nyinaa koto wo; \q2 wɔto ayɛyi dwom ma wo, \q2 wɔto dwom kamfo wo din.” \q1 \v 5 Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ; \q2 anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. \q1 \v 6 Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee; \q2 wɔnante twaa asuo no. \q2 Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu. \q1 \v 7 Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa, \q2 na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. \q2 Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no. \q1 \v 8 Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn, \q2 momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ. \q1 \v 9 Wahwɛ yɛn nkwa so \q2 na wamma yɛn nan anwatiri. \q1 \v 10 Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ; \q2 na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ. \q1 \v 11 Wode yɛn kɔguu nneduadan mu \q2 na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi. \q1 \v 12 Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so; \q2 yɛfaa ogya ne nsuo mu, \q2 nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so. \b \q1 \v 13 Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan mu \q2 na madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so, \q1 \v 14 ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛ \q2 ɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no. \q1 \v 15 Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wo \q2 nnwennini ayɛyɛdeɛ; \q2 mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ. \b \q1 \v 16 Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa; \q2 momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo. \q1 \v 17 Mede mʼano su frɛɛ no; \q2 na me tɛkrɛma yii no ayɛ. \q1 \v 18 Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a, \q2 anka Awurade antie me. \q1 \v 19 Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me, \q2 wate me mpaeɛbɔ. \q1 \v 20 Nhyira nka Onyankopɔn, \q2 a wampo me mpaeɛbɔ \q2 na wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ. \c 67 \cl Dwom 67 \d Dwom. \q1 \v 1 Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn \q2 ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, \q1 \v 2 na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so, \q2 ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu. \q1 \v 3 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; \q2 ma nnipa nyinaa nkamfo wo. \q1 \v 4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom, \q2 ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu \q2 na woma asase so amanaman no akwankyerɛ. \q1 \v 5 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; \q2 ma nnipa nyinaa nkamfo wo! \b \q1 \v 6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ, \q2 na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn. \q1 \v 7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn, \q2 na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 68 \cl Dwom 68 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ma Onyankopɔn nsɔre, na nʼatamfoɔ mmɔ mpete; \q2 wɔn a wɔtane noɔ no nnwane mfiri nʼanim. \q1 \v 2 Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no, \q2 saa ara na bɔ wɔn gu; \q1 sɛdeɛ sradeɛ nane wɔ ogya so no, \q2 saa ara na amumuyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim. \q1 \v 3 Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye \q2 na wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim; \q2 ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie. \b \q1 \v 4 To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. \q2 Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so. \q1 Ne din ne \nd Awurade\nd*; \q2 ma wʼani nnye wɔ nʼanim. \q1 \v 5 Nwisiaa agya ne deɛ ɔdi akunafoɔ asɛm ma wɔn \q2 ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenaeɛ kronkron hɔ. \q1 \v 6 Ɔma onnibie tena mmusua mu, \q2 na ɔde nnwontoɔ yi nneduafoɔ ma wɔde wɔn ho; \q2 na atuatefoɔ deɛ, wɔtena asase a awo so. \q1 \v 7 Ao Onyankopɔn, ɛberɛ a wodii wo nkurɔfoɔ anim, \q2 ɛberɛ a wode wɔn faa ɛserɛ so no, \q1 \v 8 asase wosoeɛ, \q2 na ɔsoro tuee osuo guu fam, \q1 wɔ Onyankopɔn, Sinai Onyankopɔn no, \q2 Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no anim. \q1 \v 9 Womaa osuo tɔɔ bebree, Ao Onyankopɔn, \q2 guu wʼagyapadeɛ a abotoɔ no so ma ɛyɛɛ frɔmm. \q1 \v 10 Wo nkurɔfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ so. \q2 Ao Onyankopɔn, wonam wʼadɔeɛ bebree no mu hwɛɛ ahiafoɔ. \b \q1 \v 11 Awurade kaa asɛm no, \q2 na dodoɔ no ara ne wɔn a wɔpaee mu kaeɛ; \q1 \v 12 “Ahemfo ne wɔn asraafoɔ dwane ntɛm so; \q2 na mmaa kyɛ afodeɛ no. \q1 \v 13 Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no, \q2 wɔnya afodeɛ no bi. \q2 Wɔnya aborɔnoma a wɔde sikakɔkɔɔ ne sika adura wɔn ntaban so.” \q1 \v 14 Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no, \q2 na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so. \b \q1 \v 15 Basan mmepɔ gyinagyina hɔ, \q1 Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka. \q1 \v 16 Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne \q2 hwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene, \q2 baabi a \nd Awurade\nd* ankasa bɛtena afebɔɔ? \q1 \v 17 Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem \q2 ne ɔpepem mpem mpem; \q2 Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea. \q1 \v 18 Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no, \q2 wode nnommumfoɔ kaa wo ho; \q2 wonyaa ayɛyɛdeɛ firii nnipa hɔ, \q1 firii atuatefoɔ hɔ mpo, \q2 sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Ao \nd Awurade\nd* Onyankopɔn. \b \q1 \v 19 Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa, \q2 deɛ ɔsoa yɛn nnesoa da biara no. \q1 \v 20 Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa; \q2 na \nd Awurade\nd* na ɔgye yɛn firi owuo mu. \b \q1 \v 21 Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam nʼatamfoɔ ti, \q2 wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no. \q1 \v 22 \nd Awurade\nd* ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba; \q2 mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba, \q1 \v 23 na moanante wɔn a wɔkyiri moɔ no mogya mu \q2 na mo nkraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.” \b \q1 \v 24 Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no, \q2 me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ. \q1 \v 25 Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so, \q2 na mmabaawa a wɔrewoso akasaeɛ nso ka wɔn ho. \q1 \v 26 Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu; \q2 monkamfo \nd Awurade\nd* wɔ Israel nipakuo no mu. \q1 \v 27 Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan, \q2 Yuda mmapɔmma kuo kɛseɛ no di so, \q2 na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba. \b \q1 \v 28 Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn; \q2 da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛdeɛ woayɛ pɛn no. \q1 \v 29 Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem enti \q2 ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo. \q1 \v 30 Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim, \q2 ne anantwinini kuo a wɔhyɛ amanaman no anantwie mma mu no. \q1 Brɛ wɔn ase kɔsi sɛ wɔde dwetɛ mpɔ bɛba. \q2 Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam. \q1 \v 31 Ananmusifoɔ bɛfiri Misraim aba, \q2 na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn. \b \q1 \v 32 Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn, \q2 monto ayɛyi dwom mma \nd Awurade\nd*, \q1 \v 33 monto mma deɛ ɔte tete soro soro so no, \q2 na ɔde nne kɛseɛ bobɔ mu no. \q1 \v 34 Mompae mu nka Onyankopɔn tumi, \q2 deɛ ne kɛseyɛ hata Israel so no, \q2 na ne tumi wɔ soro soro no. \q1 \v 35 Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ; \q2 Israel Onyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ. \b \q1 Ayɛyie nka Onyankopɔn! \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛ “Sukooko.” \c 69 \cl Dwom 69 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, gye me nkwa \q2 na nsuo no abɛdeda me kɔn mu. \q1 \v 2 Meremem wɔ atɛkyɛ a emu dɔ mu, \q2 wɔ baabi a me nan nnya siberɛ. \q1 Maduru subunu mu \q2 na nsuo abu afa me so. \q1 \v 3 Mafrɛ mabrɛ sɛ mepɛ mmoa. \q2 Me mene mu awe. \q1 Mʼani so ayɛ kusuu, \q1 na merehwehwɛ me Onyankopɔn. \q1 \v 4 Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso \q2 sene me tiri so nwi; \q1 wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso, \q2 wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. \q1 Wɔhyɛ me sɛ mennane \q2 deɛ menwiaaɛ no mma. \b \q1 \v 5 Ao Onyankopɔn, wonim me kwasea a mayɛ; \q2 mʼafɔdie nhintaa wo. \q1 \v 6 Mma wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no \q2 anim ngu ase ɛsiane me enti, \q2 Ao Awurade, Asafo \nd Awurade\nd*; \q1 mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no \q2 anim ngu ase me enti, \q2 Ao Israel Onyankopɔn. \q1 \v 7 Wo enti wobu me animtiaa, \q2 na aniwuo akata mʼanim. \q1 \v 8 Mete sɛ ɔhɔhoɔ wɔ me nuanom mu, \q2 mete sɛ ɔmamfrani wɔ me maame mmammarima mu, \q1 \v 9 na wo fie ho mmɔdemmɔ hyɛ me so, \q2 wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiabuo abɛda me so. \q1 \v 10 Sɛ metwa adwo na medi mmuada a \q2 wɔbɔ me ahohora; \q1 \v 11 sɛ mefira ayitoma a \q2 nnipa de me yɛ aseredeɛ. \q1 \v 12 Wɔn a wɔtete ɛpono no ano no sere me, \q2 na akɔwensafoɔ de me din to dwom. \b \q1 \v 13 Nanso mɛbɔ wo mpaeɛ, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 wɔ wʼadom berɛ mu; \q1 wɔ wʼadɔeɛ kɛseɛ no enti, Ao Onyankopɔn, \q2 fa wo nokorɛ nkwagyeɛ no gye me so. \q1 \v 14 Yi me firi atɛkyɛ no mu, \q2 mma memmem wɔ mu; \q1 gye me firi wɔn a wɔtane me no nsam, \q2 ne nsu bunu mu. \q1 \v 15 Mma nsuo nnyiri mfa me \q2 anaa ebunu mmene me \q2 anaa amena nkata me so. \q1 \v 16 Ao \nd Awurade\nd*, gye me so firi wʼadɔeɛ a ɛyɛ no mu; \q2 wʼadom enti, dane bɛhwɛ me. \q1 \v 17 Mfa wʼanim nhinta wo ɔsomfoɔ; \q2 gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu. \q1 \v 18 Twi bɛn me na gye me; \q2 gye me nkwa, mʼatamfoɔ enti. \q1 \v 19 Wonim sɛdeɛ wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wɔtiatia mʼanim; \q2 wʼani tua mʼatamfoɔ nyinaa. \q1 \v 20 Kasatia ahyɛ mʼakoma so \q2 ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ; \q1 mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi, \q2 mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi. \q1 \v 21 Wɔde bɔnwoma guu mʼaduane mu, \q2 osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã nwononwono. \b \q1 \v 22 Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie; \q2 ma ɛnyɛ akatua ne afidie mma wɔn. \q1 \v 23 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ, \q2 na ma wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ. \q1 \v 24 Hwie wʼabufuhyeɛ gu wɔn so; \q2 na ma wʼabofuo huuhuuhu no mmra wɔn so. \q1 \v 25 Ma wɔn atenaeɛ nyɛ amamfo; \q2 mma obiara ntena wɔn ntomadan mu. \q1 \v 26 Wɔtaa wɔn a wopira wɔn no, \q2 wɔka wɔn a wopira wɔn no amanehunu ho asɛm. \q1 \v 27 Fa amumuyɛ mu amumuyɛ ho soboɔ bɔ wɔn; \q2 mma wɔnnya wo nkwagyeɛ mu kyɛfa. \q1 \v 28 Pepa wɔn din firi nkwa nwoma no mu, \q2 mfa wɔn din nka ateneneefoɔ deɛ ho. \b \q1 \v 29 Mewɔ ɔyea ne ahohiahia mu; \q2 Ao Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ no mmɔ me ho ban. \b \q1 \v 30 Mede dwomtoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ \q2 na mede aseda ahyɛ no animuonyam. \q1 \v 31 Yei bɛsɔ \nd Awurade\nd* ani yie asene nantwie, \q2 asene nantwinini a ɔtua mmɛn na ɔwɔ tɔte. \q1 \v 32 Mmɔborɔni bɛhunu na nʼani agye, \q2 mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no akoma bɛnya nkwa. \q1 \v 33 \nd Awurade\nd* tie wɔn a adeɛ ahia wɔn, \q2 na ɔmmu ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ animtiaa. \b \q1 \v 34 Ma ɔsoro ne asase nkamfo no, \q2 ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa, \q1 \v 35 ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛgye Sion nkwa \q2 na wakyekyere Yuda nkuropɔn no bio. \q1 Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn dea; \q2 \v 36 Nʼasomfoɔ asefoɔ na wɔbɛfa hɔ, \q2 na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 70 \cl Dwom 70 \d Dawid adesrɛ dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; \q2 Ao \nd Awurade\nd* bra ntɛm bɛboa me. \q1 \v 2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no \q2 anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; \q1 ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa \q2 mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. \q1 \v 3 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no \q2 nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti. \q1 \v 4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa \q2 nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; \q1 ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ, \q2 “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!” \b \q1 \v 5 Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ; \q2 Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. \q1 Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; \q2 Ao \nd Awurade\nd*, ntwentwɛn wo nan ase. \c 71 \cl Dwom 71 \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, wo mu na me dwane hinta; \q2 mma mʼanim ngu ase da. \q1 \v 2 Wo tenenee no enti, yi me na gye me; \q2 tie me na gye me nkwa. \q1 \v 3 Yɛ me nkwagyeɛ botan \q2 faako a mɛtumi akɔ daa; \q1 hyɛ ma wɔmmɛgye me nkwa, \q2 na wo ne me botan ne mʼaban. \q1 \v 4 Ao me Onyankopɔn, gye me firi amumuyɛfoɔ nsam, \q2 gye me firi nnebɔneyɛfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam. \b \q1 \v 5 Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu. \q1 \v 6 Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so; \q2 wo na woyii me firii me maame yafunu mu. \q2 Mɛkamfo wo daa. \q1 \v 7 Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree, \q2 nanso wo ne me dwanekɔbea denden. \q1 \v 8 Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, \q2 mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa. \b \q1 \v 9 Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa; \q2 mʼahoɔden sa me mu a, nnya me. \q1 \v 10 Ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ kasa tia me \q2 wɔn a wɔtwɛn sɛ wɔbɛkum me no bom pam me tiri so. \q1 \v 11 Wɔka sɛ, “Onyankopɔn agya no mu; \q2 momma yɛnti no na yɛnkyere no, \q2 na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.” \q1 \v 12 Ao Onyankopɔn, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri; \q2 Ao me Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me. \q1 \v 13 Ma wɔn a wɔbɔ me soboɔ no nsɛe animguaseɛ mu; \q2 wɔn a wɔpɛ sɛ wɔpira me no \q2 ma ahohora ne animguaseɛ nkata wɔn so. \b \q1 \v 14 Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa; \q2 mɛkɔ so makamfo wo. \q1 \v 15 Mɛka wo tenenee ho asɛm, \q2 ne wo nkwagyeɛ da mu nyinaa, \q2 nanso mennim ano. \q1 \v 16 Ao Otumfoɔ \nd Awurade\nd*, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no; \q2 mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ. \q1 \v 17 Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me, \q2 na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ. \q1 \v 18 Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a, \q2 Ao Onyankopɔn, nnya me, \q1 kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, \q2 ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa. \b \q1 \v 19 Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro, \q2 wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ. \q2 Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo? \q1 \v 20 Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea; \q2 nanso wobɛma me nkwa bio; \q1 na wobɛyi me bio \q2 afiri asase ase. \q1 \v 21 Wobɛhyɛ me animuonyam bebree \q2 na woakyekye me werɛ bio. \b \q1 \v 22 Mede sankuo bɛkamfo wo \q2 Ao me Onyankopɔn, wo tenenee enti \q1 mɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten so \q2 Ao Israel Kronkronni. \q1 \v 23 Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteam \q2 ɛberɛ a meto dwom kamfo woɔ, \q2 me a woagye me no. \q1 \v 24 Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee nnwuma \q2 da mu nyinaa, \q1 ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no \q2 kɔ animguaseɛ ne basabasayɛ mu. \c 72 \cl Dwom 72 \d Salomo dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, fa wʼatɛntenenee ma ɔhene no, \q2 na fa wo tenenee ma ɔhene babarima. \q1 \v 2 Ɔde tenenee bɛbu wo nkurɔfoɔ atɛn, \q2 ɔbɛbu wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no atɛntenenee. \q1 \v 3 Mmepɔ no de yiedie bɛbrɛ nnipa no, \q2 nkokoɔ no de tenenee bɛba. \q1 \v 4 Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufoɔ \q2 na woagye wɔn a wɔnni bie mma nkwa; \q2 ɔbɛdwerɛ nhyɛsofoɔ. \b \q1 \v 5 Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi \q2 wɔbɛsuro wo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. \q1 \v 6 Ɔbɛyɛ sɛ osuo a ɛtɔ gu asase a wɔadɔ soɔ so, \q2 te sɛ obosuo a ɛgugu asase so. \q1 \v 7 Teneneefoɔ bɛnyini frɔmfrɔm wɔ ne berɛ so; \q2 yiedie bɛbu so kɔsi da a ɔsrane nni hɔ bio. \b \q1 \v 8 Ɔbɛdi ɔhene afiri ɛpo akɔsi ɛpo \q2 afiri Asubɔnten Efrata akɔsi asase ano. \q1 \v 9 Ɛserɛ so mmusua bɛkoto nʼanim \q2 na nʼatamfoɔ adi mfuturo. \q1 \v 10 Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri \q2 de apeatoɔ bɛbrɛ no; \q1 Saba ne Seba ahemfo \q2 de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ no. \q1 \v 11 Ahemfo nyinaa bɛkoto no \q2 amanaman nyinaa bɛsom no. \b \q1 \v 12 Na ɔbɛgye mmɔborɔfoɔ a wɔsu frɛ no, \q2 ne amanehunufoɔ a wɔnni ɔboafoɔ. \q1 \v 13 Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔ \q2 na wagye ahiafoɔ nkwa. \q1 \v 14 Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu, \q2 ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim. \b \q1 \v 15 Ɔhene nkwa so! \q2 Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no. \q1 Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no \q2 na wɔnhyira no da mu nyinaa. \q1 \v 16 Aburoo mmu so wɔ asase no so nyinaa; \q2 nnuane mmu so wɔ nkokoɔ so, \q2 ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; \q1 na ɛnyini sɛ mfuo so serɛ. \q1 \v 17 Ne din bɛtena hɔ daa; \q2 ɛntena hɔ nkyɛre sɛ owia. \b \q1 Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no, \q2 na wɔbɛfrɛ no nhyira. \b \b \q1 \v 18 Nhyira nka \nd Awurade\nd* Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn! \q2 Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ. \q1 \v 19 Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa. \q2 Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma. \qc Amen! Amen! \b \b \q1 \v 20 Yisai ba Dawid mpaeɛbɔ no awieeɛ nie. \c 73 \ms NWOMA A ƐTƆ SO MMIƐNSA \mr Nnwom 73–89 \cl Dwom 73 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Ampa ara Onyankopɔn yɛ ma Israel, \q2 ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ. \b \q1 \v 2 Nanso me deɛ, anka me nan reyɛ awatiri; \q2 anka merehwere me nnyinasoɔ, \q1 \v 3 ɛfiri sɛ, mʼani beree ahantanfoɔ \q2 ɛberɛ a mehunuu amumuyɛfoɔ yiedie no. \b \q1 \v 4 Wɔnhunuu ahokyere da; \q2 na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden. \q1 \v 5 Dadwene a ɛtaa ba nnipa soɔ biara nna wɔn so; \q2 ɔdasani haw biara nna wɔn so. \q1 \v 6 Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ, \q2 na wɔde akakabensɛm afira. \q1 \v 7 Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie; \q2 na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka. \q1 \v 8 Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ; \q2 wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ wɔ ahomasoɔ mu. \q1 \v 9 Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm, \q2 na wɔn tɛkrɛma agye asase afa. \q1 \v 10 Ɛno enti wɔn nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn \q2 na wonya nsuo bebree nom. \q1 \v 11 Wɔbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahunu? \q2 Na Ɔsorosoroni no wɔ nhunumu anaa?” \q1 \v 12 Sei na amumuyɛfoɔ no teɛ, \q2 hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyadeɛ. \b \q1 \v 13 Ampa ara, mʼakoma a ɛho teɛ no, mannya hwee amfiri mu; \q2 me nsa a ɛnni fɔ no ayɛ kwa. \q1 \v 14 Ɛda mu nyinaa mehunu amane; \q2 anɔpa biara wɔtwe mʼaso. \b \q1 \v 15 Sɛ mekaa sɛ, “Mɛkasa saa” a, \q2 anka medii wo mma no hwammɔ. \q1 \v 16 Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte yeinom nyinaa ase, \q2 nanso na ɛhyɛ me so \q1 \v 17 kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ; \q2 ɛhɔ na metee deɛ ɛbɛba wɔn so awieeɛ no ase. \b \q1 \v 18 Ampa ara wode wɔn gu baabi a ɛhɔ yɛ toro. \q2 Wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa. \q1 \v 19 Sɛdeɛ wɔsɛe prɛko pɛ, \q2 na ehu hwim wɔn kɔ no, \q1 \v 20 ɛte sɛ daeɛso, ɛberɛ a onipa anyaneɛ, \q2 Ao \nd Awurade\nd*, sɛ wokanyane wo ho a, \q2 wobɛbu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a ɛnni hɔ. \b \q1 \v 21 Ɛberɛ a awerɛhoɔ hyɛɛ mʼakoma mu \q2 na me sunsum dii yea no, \q1 \v 22 meyɛɛ sɛ obi a ɔnnim hwee na ɔnni adwene; \q2 meyɛɛ sɛ aboa gyimifoɔ wɔ wʼanim. \b \q1 \v 23 Nanso, na mene wowɔ hɔ ɛberɛ biara; \q2 na wode wo nsa nifa asɔ me mu. \q1 \v 24 Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan; \q2 na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu. \q1 \v 25 Hwan na mewɔ wɔ soro ka wo ho? \q2 Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho. \q1 \v 26 Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ, \q2 nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden \q2 ne me kyɛfa daa nyinaa. \b \q1 \v 27 Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera. \q2 Wosɛe wɔn a wɔnni wo nokorɛ nyinaa. \q1 \v 28 Nanso, me deɛ, menim sɛ ɛyɛ sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn. \q2 Mede Otumfoɔ \nd Awurade\nd* ayɛ me hintabea; \q2 mɛka wo nneyɛɛ nyinaa akyerɛ. \c 74 \cl Dwom 74 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi? \q2 Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan? \q1 \v 2 Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no, \q2 abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no, \q2 Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ. \q1 \v 3 Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so, \q2 saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no. \b \q1 \v 4 Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no; \q2 wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ. \q1 \v 5 Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua \q2 de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ. \q1 \v 6 Wɔde wɔn mmonnua ne nname \q2 bubuu nnua a wɔasene adi ho adwinneɛ no. \q1 \v 7 Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee; \q2 wɔguu baabi a wo Din teɛ no ho fi. \q1 \v 8 Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!” \q2 Wɔhyee baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so. \q1 \v 9 Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio; \q2 adiyifoɔ no nyinaa asa, \q2 na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie. \q1 \v 10 Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn? \q2 Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa? \q1 \v 11 Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no? \q2 Yi firi wʼatadeɛ mmobɔeɛ no mu na sɛe wɔn. \b \q1 \v 12 Nanso, Ao Onyankopɔn, woyɛ me ɔhene firi tete; \q2 wode nkwagyeɛ ba asase so. \q1 \v 13 Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee ɛpo mu no; \q2 wopɛkyɛɛ nsuo mu ɔtweaseɛ no ti. \q1 \v 14 Wopɛkyɛɛ Lewiatan no ti \q2 na wode no maa ɛserɛ so abɔdeɛ sɛ wɔn aduane. \q1 \v 15 Wo na womaa nsuwa ne nsutire tueeɛ; \q2 na womaa nsubɔntene a ɛtene weweeɛ. \q1 \v 16 Adekyeeɛ wɔ wo na adesaeɛ nso yɛ wo dea; \q2 wode owia ne ɔsrane sisii hɔ. \q1 \v 17 Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahyeɛ nyinaa; \q2 wobɔɔ ahuhuro ne awɔ mmerɛ. \b \q1 \v 18 Ao \nd Awurade\nd*, kae sɛdeɛ ɔtamfoɔ no sere woɔ, \q2 sɛdeɛ nkwaseafoɔ agu wo din ho fi. \q1 \v 19 Mfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa; \q2 mma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no nkwa afebɔɔ. \q1 \v 20 Ma wʼapam no ho nhia wo, \q2 ɛfiri sɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum ma. \q1 \v 21 Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase; \q2 ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din. \b \q1 \v 22 Ao Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm; \q2 kae sɛdeɛ nkwaseafoɔ sere wo da mu nyinaa. \q1 \v 23 Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteateam so, \q2 wʼatamfoɔ gyegyeegye a ɛkɔ soro daa no. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so. \c 75 \cl Dwom 75 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase, \q2 yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn; \q2 nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ. \b \q1 \v 2 Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no; \q2 ɛyɛ me na mebu atɛntenenee. \q1 \v 3 Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, \q2 me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn. \q1 \v 4 Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ \q2 na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so. \q1 \v 5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; \q2 mommfa animtiabuo nkasa.’ ” \b \q1 \v 6 Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ \q2 anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so. \q1 \v 7 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn: \q2 Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so. \q1 \v 8 Kuruwa bi hyɛ \nd Awurade\nd* nsam \q2 nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma; \q1 ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa \q2 nom ma ɛka aseɛ puo. \b \q1 \v 9 Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa; \q2 mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn. \q1 \v 10 Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn, \q2 nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ. \c 76 \cl Dwom 76 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Wɔnim Onyankopɔn wɔ Yuda; \q2 ne din so wɔ Israel. \q1 \v 2 Ne ntomadan si Salem, \q2 ne tenaberɛ wɔ Sion. \q1 \v 3 Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya, \q2 ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu. \b \q1 \v 4 Wo ho hann no hyerɛn, \q2 na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no. \q1 \v 5 Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, \q2 wɔadeda awufoɔ nna; \q1 na akofoɔ no mu baako mpo \q2 ntumi mpagya ne nsa. \q1 \v 6 Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no \q2 apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn. \q1 \v 7 Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsuro woɔ. \q2 Sɛ wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim? \q1 \v 8 Wobuu atɛn firii soro, \q2 asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn, \q1 \v 9 ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn, \q2 de gyee amanehunufoɔ wɔ asase no so. \q1 \v 10 Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo, \q2 na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ. \b \q1 \v 11 Monhyɛ \nd Awurade\nd* mo Onyankopɔn no bɔ na monni so; \q2 momma nsase a atwa ne ho ahyia \q2 mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wɔsuro noɔ no. \q1 \v 12 Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase; \q2 na asase so ahemfo suro no. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde ma Yedutun. \c 77 \cl Dwom 77 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Mesu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa; \q2 mesu mefrɛɛ no sɛ ɔntie me. \q1 \v 2 Ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade; \q2 metrɛɛ me nsa a ɛmpa aba mu anadwo \q2 na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ. \b \q1 \v 3 Ao Onyankopɔn mekaee wo, na mesii apinie; \q2 medwendweneeɛ, na me honhom tɔɔ piti. \q1 \v 4 Woamma mʼani ankum; \q2 amanehunu dodoɔ enti, mantumi ankasa. \q1 \v 5 Medwenee nna a atwam no ho, \q2 teteete mfeɛ no ho; \q1 \v 6 mekaee me nnwom a na meto no anadwo. \q2 Mʼakoma dwenee ho na me honhom bisaa sɛ: \b \q1 \v 7 “Enti, \nd Awurade\nd* bɛpo yɛn daa? \q2 Ɔrenhunu yɛn mmɔbɔ bio anaa? \q1 \v 8 Nʼadɔeɛ a ɛnsa da atu ayera koraa anaa? \q2 Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa anaa? \q1 \v 9 Onyankopɔn werɛ afiri sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufoɔ anaa? \q2 Abufuo enti ne yam nhyehye no bio anaa?” \b \q1 \v 10 Afei, medwenee sɛ, “Onyankopɔn Ɔsorosoroni, \q2 deɛ ɛhyɛ me kra so ne sɛ, wommfa wo tete nsa nifa no mmoa yɛn bio.” \q1 \v 11 Mɛkae nneɛma a \nd Awurade\nd* ayɛ; \q2 aane, mɛkae wʼanwanwadeɛ a woyɛɛ tete no. \q1 \v 12 Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho \q2 na masusu wo nneyɛɛ akɛseɛ nyinaa ho. \b \q1 \v 13 Ao Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronn. \q2 Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Onyankopɔn? \q1 \v 14 Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ; \q2 wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu. \q1 \v 15 Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfoɔ, \q2 Yakob ne Yosef asefoɔ no. \b \q1 \v 16 Ao Onyankopɔn, nsuo no hunuu wo, \q2 nsuo no hunuu wo na wɔpopoeɛ; \q2 ebunu no mpo ho wosoeɛ. \q1 \v 17 Omununkum tɔɔ nsuo, \q2 aprannaa gyegyee wɔ soro; \q2 na wo bɛmma twaa ogya dii akɔneaba. \q1 \v 18 Wʼaprannaa boboom wɔ twahoframa no mu, \q2 wʼanyinam hyerɛn ewiase; \q2 asase popoeɛ na ɛwosoeɛ. \q1 \v 19 Wode wo kwan faa ɛpo mu, \q2 wode faa nsuo kɛseɛ mu, \q2 nanso wɔanhunu wʼanammɔn. \b \q1 \v 20 Wonam Mose ne Aaron so \q2 dii wo nkurɔfoɔ anim sɛ nnwankuo. \c 78 \cl Dwom 78 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ; \q2 monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm. \q1 \v 2 Mɛkasa wɔ abɛbuo mu, \q2 mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no, \q1 \v 3 nneɛma a yɛate na yɛahunu; \q2 nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn. \q1 \v 4 Yɛremfa nkame wɔn mma; \q2 yɛbɛka akyerɛ nkyirimma; \q1 \nd Awurade\nd* nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no, \q2 ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no. \q1 \v 5 Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob \q2 na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel, \q1 deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom \q2 sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma, \q1 \v 6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua \q2 mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn, \q2 na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma. \q1 \v 7 Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so, \q2 na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ, \q2 na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so. \q1 \v 8 Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom, \q2 a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, \q1 wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛ \q2 na woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no. \b \q1 \v 9 Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan, \q2 nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ; \q1 \v 10 Wɔanni Onyankopɔn apam no so \q2 wɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so. \q1 \v 11 Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ, \q2 anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no. \q1 \v 12 Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom anim \q2 wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so. \q1 \v 13 Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu. \q2 Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo. \q1 \v 14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awia \q2 na ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa. \q1 \v 15 Ɔpaee ɔbotan mu wɔ ɛserɛ so, \q2 na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso sɛ ɛpo; \q1 \v 16 Ɔmaa asutire firii abotan mu \q2 na ɔmaa nsuo tenee sɛ nsubɔntene. \b \q1 \v 17 Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no, \q2 wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so. \q1 \v 18 Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ; \q2 wɔbisaa aduane a wɔpɛ. \q1 \v 19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ, \q2 “Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa? \q1 \v 20 Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ, \q2 na nsuwa bebree tenee hɔ. \q1 Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso? \q2 Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?” \q1 \v 21 Ɛberɛ a \nd Awurade\nd* tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie; \q2 ne ogya bɛguu Yakob so, \q2 na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel, \q1 \v 22 ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidie \q2 anaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ. \q1 \v 23 Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so; \q2 na ɔbuee ɔsorosoro apono. \q1 \v 24 Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no sɛ wonni, \q2 ɔmaa wɔn ɔsoro aduane. \q1 \v 25 Nnipa dii abɔfoɔ aduane; \q2 ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa. \q1 \v 26 Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro, \q2 na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa. \q1 \v 27 Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so, \q2 nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea. \q1 \v 28 Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ, \q2 ne wɔn ntomadan ho nyinaa. \q1 \v 29 Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so \q2 ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ. \q1 \v 30 Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho, \q2 ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no, \q1 \v 31 Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so; \q2 ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu \q2 twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ. \b \q1 \v 32 Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne; \q2 nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni. \q1 \v 33 Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuro \q2 yɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu. \q1 \v 34 Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no, \q2 na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn. \q1 \v 35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, \q2 sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ. \q1 \v 36 Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no, \q2 na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no; \q1 \v 37 wɔn akoma anni no nokorɛ, \q2 na wɔanni nʼapam no so. \q1 \v 38 Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ; \q2 ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔn \q2 a wansɛe wɔn. \q1 Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo so \q2 na wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa. \q1 \v 39 Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa, \q2 mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi. \b \q1 \v 40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ ɛserɛ no so hɔ, \q2 na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho wɔ asase wesee no so? \q1 \v 41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara; \q2 na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo. \q1 \v 42 Wɔn werɛ firii ne tumi no, \q2 ɛda a ɔgyee wɔn firii wɔn nhyɛsofoɔ nsam no, \q1 \v 43 ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ Misraim no \q2 ne nʼanwanwadeɛ wɔ Soan mantam mu no. \q1 \v 44 Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya; \q2 wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo. \q1 \v 45 Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔn \q2 na mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase. \q1 \v 46 Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduane \q2 na ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ. \q1 \v 47 Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe \q2 na ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua. \q1 \v 48 Ɔde sukyerɛmma kumm wɔn anantwie \q2 ɔde anyinam kumm wɔn nyɛmmoa. \q1 \v 49 Ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so, \q2 abufuo, anibereɛ ne ahohia; \q2 abɔfoɔ asɛefoɔ kuo no. \q1 \v 50 Ɔbɔɔ ɛkwan maa nʼabufuo; \q2 na wamfa wɔn nkwa ankyɛre wɔn \q2 mmom ɔde wɔn maa ɔyaredɔm. \q1 \v 51 Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa, \q2 Ham ntomadan mu nnipa mu abakan. \q1 \v 52 Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu sɛ nnwankuo; \q2 ɔdii wɔn anim sɛ nnwan wɔ ɛserɛ no so. \q1 \v 53 Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro; \q2 nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so. \q1 \v 54 Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so, \q2 bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no. \q1 \v 55 Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no \q2 na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ; \q2 ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu. \b \q1 \v 56 Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ \q2 na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no; \q2 na wɔanni ne mmara so. \q1 \v 57 Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie, \q2 ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe. \q1 \v 58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuo \q2 na wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den. \q1 \v 59 Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ; \q2 na ɔpoo Israel korakora. \q1 \v 60 Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no hɔ \q2 ntomadan a wasi wɔ nnipa mu no. \q1 \v 61 Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu, \q2 nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam. \q1 \v 62 Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena; \q2 ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie. \q1 \v 63 Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn, \q2 na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto; \q1 \v 64 Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano, \q2 na wɔn akunafoɔ antumi ansu. \b \q1 \v 65 Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no, \q2 sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no. \q1 \v 66 Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi; \q2 ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ. \q1 \v 67 Afei ɔpoo Yosef ntomadan no, \q2 na wamfa Efraim abusuakuo no nso; \q1 \v 68 Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no, \q2 Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no. \q1 \v 69 Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, \q2 te sɛ asase a ɛtim hɔ daa. \q1 \v 70 Ɔyii ne ɔsomfoɔ Dawid; \q2 ɔfrɛɛ no firii nnwammuo mu \q1 \v 71 firii nnwan akyiridie, na ɔde no baeɛ \q2 sɛ ɔmmɛyɛ odwanhwɛfoɔ mma ne nkurɔfoɔ Yakob, \q2 mma Israel a wɔyɛ nʼagyapadeɛ. \q1 \v 72 Na Dawid de akoma pa hwɛɛ wɔn so \q2 na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim. \c 79 \cl Dwom 79 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so; \q2 wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi, \q2 wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ. \q1 \v 2 Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduane \q2 ama ewiem nnomaa, \q1 na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa. \q1 \v 3 Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuo \q2 wɔ Yerusalem ho nyinaa, \q2 na obiara nni hɔ a ɔbɛsie awufoɔ no. \q1 \v 4 Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ, \q2 fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia. \b \q1 \v 5 Ao \nd Awurade\nd*, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa? \q2 Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn? \q1 \v 6 Hwie wʼabofuo gu amanaman \q2 a wɔnni woɔ no so, \q1 ahennie a \q2 wɔmmɔ wo din no; \q1 \v 7 ɛfiri sɛ wɔakum Yakob \q2 na wɔasɛe nʼatenaeɛ. \q1 \v 8 Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn; \q2 ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm, \q2 na yɛwɔ ahohiahia mu. \b \q1 \v 9 Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, \q2 wo din no animuonyam nti; \q1 gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn \q2 wo din enti. \q1 \v 10 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ, \q2 “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” \q1 Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛ \q2 wotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ. \q1 \v 11 Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim; \q2 fa wo basa ahoɔden no \q2 kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no. \b \q1 \v 12 Ao Awurade, ahohora a yɛn mfɛfoɔ asum agu wo soɔ no, \q2 tua wɔn so ka mprɛnson. \q1 \v 13 Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no, \q2 bɛyi wo ayɛ daa nyinaa; \q1 ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ \q2 yɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so. \c 80 \cl Dwom 80 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn, \q2 wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim; \q1 wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn \q2 \v 2 wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. \q1 Kanyane wo tumi; \q2 bra bɛgye yɛn nkwa. \b \q1 \v 3 Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; \q2 ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, \q2 na wɔagye yɛn nkwa. \b \q1 \v 4 Ao Otumfoɔ \nd Awurade\nd* Onyankopɔn, \q2 wʼabofuo bɛdɛre akɔsi da bɛn \q2 wʼabofuo a ɛtia wo nkurɔfoɔ mpaeɛbɔ no? \q1 \v 5 Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ; \q2 wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ. \q1 \v 6 Woama yɛn mfɛfoɔ abu yɛn animtiaa, \q2 na yɛn atamfoɔ sere yɛn. \q1 \v 7 Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio; \q2 ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, \q2 na wɔagye yɛn nkwa. \b \q1 \v 8 Wode bobe firi Misraim baeɛ; \q2 wopamoo amanaman no na woduaaɛ. \q1 \v 9 Wosiesiee asase no baabi maa no, \q2 ɛgyee nhini na ɛtrɛɛ asase no so. \q1 \v 10 Ne nwunu kataa mmepɔ no so \q2 ne mman kataa ntweneduro akɛseɛ no so. \q1 \v 11 Ɛdendanee kɔɔ Ɛpo so, \q2 na ɛfefɛ kɔduruu Asubɔnten no ho. \b \q1 \v 12 Adɛn enti na woabubu nʼafasuo \q2 ama wɔn a wɔtwam hɔ tete ne bobe aba no? \q1 \v 13 Kɔkɔte firi wiram bɛsɛe no pasaa \q2 na mmoadoma a ɛwɔ ɛserɛ so de yɛ wɔn aduane. \q1 \v 14 Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn! \q2 Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu! \q1 Hwɛ saa bobe yi so, \q2 \v 15 ntini a wo nsa nifa adua no, \q2 ɔbabarima a woatete no ama wo ho no. \b \q1 \v 16 Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye; \q2 wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre. \q1 \v 17 Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so, \q2 onipa ba a woatete no ama wo ho no. \q1 \v 18 Afei yɛrentwe yɛn ho mfiri wo nkyɛn; \q2 kanyane yɛn, na yɛbɛbɔ wo din. \b \q1 \v 19 Ao Otumfoɔ \nd Awurade\nd* Onyankopɔn, gye yɛn bio, \q2 na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, \q2 na wɔagye yɛn nkwa. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto sɛ “gittit” sankuo nne so. \c 81 \cl Dwom 81 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Monto ahurisie dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden; \q2 mommɔ ose mma Yakob Onyankopɔn no! \q1 \v 2 Momma nnwom no so na monwoso akasaeɛ. \q1 Mommɔ sankuo ne bɛnta dɛɛdɛ no. \b \q1 \v 3 Monhyɛne mmɛntia ɔsrane foforɔ da no, \q2 ne ɔsrane korokumatwa mu, yɛn Apontoɔ da no; \q1 \v 4 Yei yɛ Israelfoɔ ahyɛdeɛ, \q2 Yakob Onyankopɔn mmara. \q1 \v 5 Ɔtintimiiɛ sɛ nhyehyɛeɛ maa Yosef \q2 ɛberɛ a ɔsɔre tiaa Misraim no, \q2 faako a yɛtee kasa a yɛnte aseɛ no. \b \q1 \v 6 Ɔka sɛ, “Meyii adesoa no firii mo mmatire so, \q2 ne mo nsa firii adwumaden ho. \q1 \v 7 Mo ahohiahia mu, mofrɛɛ me na megyee mo, \q2 megyee mo so wɔ aprannaa mu; \q2 me sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ Meriba nsuo ho. \b \q1 \v 8 “Ao me nkurɔfoɔ, montie me kɔkɔbɔ yi, \q2 Ao Israel, sɛ mobɛtie me a! \q1 \v 9 Ɛnsɛ sɛ monya anyame foforɔ bi wɔ mo mu; \q2 ɛnsɛ sɛ mokoto ananafoɔ nyame. \q1 \v 10 Mene \nd Awurade\nd*, mo Onyankopɔn a \q2 meyii mo firii Misraim asase so no. \q2 Mommue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma. \b \q1 \v 11 “Nanso me nkurɔfoɔ rentie me; \q2 Israel remmrɛ ne ho ase mma me. \q1 \v 12 Enti megyaa wɔn maa wɔn akomaden \q2 sɛ wɔnyɛ deɛ wɔpɛ biara. \b \q1 \v 13 “Sɛ me nkurɔfoɔ tie me, \q2 na Israel nante mʼakwan so a, \q1 \v 14 anka mɛdi wɔn atamfoɔ so ama wɔn ntɛm \q2 na mama me basa so atia wɔn a wɔkyiri wɔn! \q1 \v 15 Wɔn a wɔtane \nd Awurade\nd* no de suro bɛkoto no, \q2 na wɔn asotwe to rentwa da. \q1 \v 16 Nanso, wɔde atokoɔ mu atokoɔ papa bɛma mo adi; \q2 mede ɔbotan mu woɔ bɛma mo amee.” \c 82 \cl Dwom 82 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu; \q2 ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu. \b \q1 \v 2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban \q2 na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn? \q1 \v 3 Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn; \q2 mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban. \q1 \v 4 Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani; \q2 monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam. \b \q1 \v 5 “Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase. \q2 Wɔkyinkyini wɔ esum mu; \q2 na asase fapem nyinaa woso. \b \q1 \v 6 “Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”; \q2 mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ \q1 \v 7 Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ; \q2 na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.” \q1 \v 8 Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn; \q2 ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea. \c 83 \cl Dwom 83 \d Asaf Dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, ntena hɔ komm; \q2 mmua wʼano, Ao Onyankopɔn, keka wo ho. \q1 \v 2 Hwɛ sɛdeɛ wʼatamfoɔ keka wɔn ho fa, \q2 na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn tiri so. \q1 \v 3 Wɔde anifire repam atia wo nkurɔfoɔ \q2 wɔrepam atia wɔn a wʼakoma da wɔn so no. \q1 \v 4 Wɔka sɛ, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, \q2 sɛdeɛ wɔrenkae Israel din bio.” \q1 \v 5 Wɔde adwene korɔ bɔ pɔ; \q2 na wɔpam tia wo, \q1 \v 6 Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ, \q2 Moabfoɔ ne Hagarfoɔ, \q1 \v 7 Gebalfoɔ ne Amonfoɔ ne Amalekfoɔ, \q2 Filistifoɔ ne Tirofoɔ. \q1 \v 8 Asiria mpo akɔka wɔn ho \q2 de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefoɔ deɛ mu kena. \b \q1 \v 9 Yɛ wɔn sɛdeɛ woyɛɛ Midian \q2 sɛdeɛ woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no, \q1 \v 10 wɔn a wɔsɛee wɔ En-Dor \q2 na wɔdanee nwira no. \q1 \v 11 Yɛ wɔn atitire sɛ Oreb ne Seeb, \q2 ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna, \q1 \v 12 a wɔkaa sɛ, “Momma yɛmfa \q2 Onyankopɔn adidibea nsase no.” \b \q1 \v 13 Ao me Onyankopɔn, yɛ wɔn sɛ twahoframa mu mfuturo, \q2 sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo. \q1 \v 14 Sɛdeɛ ogya hye kwaeɛ, \q2 na ogyaframa sɔ nkokoɔ mu hye no no, \q1 \v 15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn \q2 na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn. \q1 \v 16 Ma animguaseɛ nka wɔn, \q2 na ama nnipa apɛ wo din akyiri ɛkwan, Ao \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 17 Ma wɔn anim ngu ase na wɔn abasa mu ntu; \q2 ma wɔnwuwu wɔ animguaseɛ mu. \q1 \v 18 Ma wɔnhunu sɛ wo a wo din de \nd Awurade\nd* no, \q2 wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ gittit sankuo nne so. \c 84 \cl Dwom 84 \d Kora mma dwom. \q1 \v 1 Ao Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka! \q1 \v 2 Me kra pere, mpo ɛtɔ piti, \q2 sɛ ɔbɛkɔ \nd Awurade\nd* adihɔ; \q1 mʼakoma ne me honam team \q2 frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ. \b \q1 \v 3 Mpo akasanoma anya fie, \q2 na asomfena nso anwono ne pirebuo, \q2 baabi a ɔbɛhwane ne mma \q1 wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, \q2 Ao Asafo \nd Awurade\nd*, me Ɔhene ne me Onyankopɔn. \q1 \v 4 Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie; \q2 na wɔkamfo wo din daa. \b \q1 \v 5 Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, \q2 na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo. \q1 \v 6 Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a, \q2 wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa; \q2 osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so. \q1 \v 7 Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa, \q2 kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion. \b \q1 \v 8 Ao Asafo \nd Awurade\nd*, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ; \q2 Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me. \q1 \v 9 Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm; \q2 fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no. \b \q1 \v 10 Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena \q2 yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ; \q1 mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie \q2 sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu. \q1 \v 11 Ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm; \q2 \nd Awurade\nd* hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam; \q1 ɔremfa ade pa biara nkame \q2 wɔn a wɔteneɛ. \b \q1 \v 12 Ao Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 85 \cl Dwom 85 \d Kora mma dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd* wohunuu wʼasase mmɔbɔ; \q2 wode Yakob ahonyadeɛ sane maa no. \q1 \v 2 Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔn \q2 na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so. \q1 \v 3 Wode wʼabofuo too nkyɛn \q2 na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho. \b \q1 \v 4 Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ, \q2 na ma wʼani nnye yɛn ho. \q1 \v 5 Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa? \q2 Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa? \q1 \v 6 Worenhyɛ yɛn den bio, \q2 na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa? \q1 \v 7 Ao \nd Awurade\nd*, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no, \q2 na ma yɛn wo nkwagyeɛ no. \b \q1 \v 8 Mɛtie deɛ \nd Awurade\nd* Onyankopɔn bɛka. \q2 Ɔde asomdwoeɛ hyɛ ne nkurɔfoɔ, ahotefoɔ no bɔ, \q2 enti ɛnsɛ sɛ wɔsane kɔ agyimisɛm ho. \q1 \v 9 Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no, \q2 na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so. \b \q1 \v 10 Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia, \q2 na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano. \q1 \v 11 Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so, \q2 na tenenee ahwɛ afiri soro. \q1 \v 12 \nd Awurade\nd* bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara \q2 na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ. \q1 \v 13 Tenenee di nʼanim \q2 siesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo. \c 86 \cl Dwom 86 \d Dawid mpaeɛbɔ. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, tie me na gye me so, \q2 ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni. \q1 \v 2 Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo. \q2 Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa a \q2 ɔde ne ho to wo so. \q1 \v 3 Ao \nd Awurade\nd*, hunu me mmɔbɔ, \q2 na mesu frɛ wo daa nyinaa. \q1 \v 4 Ma wʼakoa ani nnye, \q2 na wo \nd Awurade\nd*, wo nkyɛn \q2 na mema me kra so ba. \b \q1 \v 5 Ao \nd Awurade\nd*, woyɛ, na wode bɔne kyɛ, \q2 wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa. \q1 \v 6 Ao \nd Awurade\nd*, tie me mpaeɛbɔ; \q2 tie me mmɔborɔ su. \q1 \v 7 Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu, \q2 na wobɛgye me so. \b \q1 \v 8 Ao \nd Awurade\nd*, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo; \q2 na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ. \q1 \v 9 Ao \nd Awurade\nd*, aman a woakyekyere nyinaa \q2 bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; \q2 wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam. \q1 \v 10 Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma; \q2 wo nko ara ne Onyankopɔn. \b \q1 \v 11 Ao \nd Awurade\nd*, kyerɛ me wʼakwan, \q2 na mɛnante wo nokorɛ mu; \q1 ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo \q2 na masuro wo din. \q1 \v 12 Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn \q2 na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa. \q1 \v 13 Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so; \q2 woayi me afiri owuo amena mu tɔnn. \b \q1 \v 14 Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so; \q2 basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me, \q2 nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no. \q1 \v 15 Nanso wo, Ao \nd Awurade\nd*, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn, \q2 wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso. \q1 \v 16 Dane wʼani hwɛ me na dom me; \q2 fa wʼahoɔden ma wʼakoa \q2 na gye wʼafenaa babarima nkwa. \q1 \v 17 Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ, \q2 na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu ase \q2 na wo Ao \nd Awurade\nd*, wo na woaboa me akyekye me werɛ. \c 87 \cl Dwom 87 \d Kora mma dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so; \q2 \v 2 \nd Awurade\nd* dɔ Sion apono no \q2 sene Yakob atenaeɛ nyinaa. \q1 \v 3 Wɔka wo ho animuonyamsɛm \q2 Ao Onyankopɔn kuropɔn: \q1 \v 4 “Mede Rahab ne Babilonia \q2 bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho, \q1 Filistia, Tiro ne Kus nso \q2 mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ” \b \q1 \v 5 Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ, \q2 “Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu, \q2 na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.” \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ, \q2 “Wɔwoo yei wɔ Sion.” \q1 \v 7 Na wɔbɛto dwom sɛ, \q2 “Me nhini nyinaa wɔ wo mu.” \d Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so. \c 88 \cl Dwom 88 \d Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, me nkwagyeɛ Onyankopɔn \q2 mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ. \q1 \v 2 Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim; \q2 brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. \b \q1 \v 3 Ɔhaw ahyɛ me kra ma \q2 na me nkwa rebɛn owuo. \q1 \v 4 Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu; \q2 mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden. \q1 \v 5 Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu, \q2 te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu, \q1 wɔn a wonkae wɔn bio, \q2 na wonhwɛ wɔn bio. \b \q1 \v 6 Woato me atwene damena ase tɔnn, \q2 wɔ esum kabii mu. \q1 \v 7 Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so; \q2 woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. \q1 \v 8 Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn \q2 woama me ho ayɛ wɔn ahi. \q1 Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane; \q2 \v 9 awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu. \b \q1 Ao \nd Awurade\nd* mesu frɛ wo da biara; \q2 metrɛ me nsam kyerɛ wo. \q1 \v 10 Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa? \q2 Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa? \q1 \v 11 Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa, \q2 anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom? \q1 \v 12 Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum, \q2 anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so? \b \q1 \v 13 Nanso Ao \nd Awurade\nd*, mesu frɛ wo sɛ boa me; \q2 me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu \q1 \v 14 Ao \nd Awurade\nd*, adɛn nti na wopo me \q2 na wode wʼanim hinta me? \b \q1 \v 15 Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo; \q2 wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba. \q1 \v 16 Wʼabofuhyeɛ abu afa me so; \q2 wʼahunahuna asɛe me. \q1 \v 17 Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire, \q2 na wɔabu afa me so koraa. \q1 \v 18 Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ; \q2 na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ. \c 89 \cl Dwom 89 \d Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom. \q1 \v 1 Mɛto \nd Awurade\nd* adɔeɛ ho dwom daa daa; \q2 mede mʼano bɛda wo nokorɛdie adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. \q1 \v 2 Mɛka sɛ wʼadɔeɛ no tim hɔ daa nyinaa, \q2 na watim wo nokorɛdie wɔ ɔsoro hɔ ankasa. \b \q1 \v 3 Wokaa sɛ, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam; \q2 maka ntam akyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid. \q1 \v 4 ‘Mɛma wʼase atim hɔ daa \q2 na wʼahennwa nso atim wɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu.’ ” \b \q1 \v 5 Ao \nd Awurade\nd*, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ, \q2 na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo wɔ ahotefoɔ asafo mu. \q1 \v 6 Na hwan na ɔne wo \nd Awurade\nd* sɛ wɔ ɔsoro hɔ? \q2 Hwan na ɔte sɛ \nd Awurade\nd* wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu? \q1 \v 7 Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn; \q2 wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa. \q1 \v 8 Ao Otumfoɔ \nd Awurade\nd* Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ? \q2 Ao \nd Awurade\nd* woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia. \b \q1 \v 9 Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so; \q2 nʼasorɔkye bobɔ kɔ ɔsoro a, wobrɛ no ase. \q1 \v 10 Wodwerɛɛ Rahab sɛ atɔfoɔ no mu baako; \q2 wode wo basa denden no bɔɔ wʼatamfoɔ pansameeɛ. \q1 \v 11 Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo; \q2 ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na wohyɛɛ aseɛ. \q1 \v 12 Wobɔɔ atifi ne anafoɔ. \q2 Tabor ne Hermon de ahosɛpɛ to dwom ma wo din. \q1 \v 13 Tumi ayɛ wo basa ma; \q2 wo nsam wɔ ahoɔden, wama wo nsa nifa so. \b \q1 \v 14 Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee; \q2 adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim. \q1 \v 15 Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin, \q2 wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao \nd Awurade\nd*. \q1 \v 16 Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa; \q2 wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu. \q1 \v 17 Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden, \q2 na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ. \q1 \v 18 Ampa ara, yɛn banbɔ firi \nd Awurade\nd* hɔ, \q2 na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene. \b \q1 \v 19 Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu, \q2 kyerɛɛ wʼahotefoɔ sɛ, \q1 “Madom ɔkofoni bi ahoɔden; \q2 mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu. \q1 \v 20 Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ; \q2 mede me ngo kronkron no asra no. \q1 \v 21 Me nsa bɛwowa no; \q2 ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den. \q1 \v 22 Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ; \q2 omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so. \q1 \v 23 Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ wɔ nʼanim \q1 na mabobɔ nʼahohiahiafoɔ ahwe fam. \q1 \v 24 Me nokorɛ adɔeɛ bɛka ne ho, \q2 na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so. \q1 \v 25 Mɛtrɛ nʼahyeɛ mu akɔsi ɛpo so, \q2 na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔntene so. \q1 \v 26 Ɔbɛfrɛ me aka sɛ, ‘Wone mʼagya, \q2 me Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan.’ \q1 \v 27 Mɛyɛ no mʼabakan, \q2 asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛseɛ. \q1 \v 28 Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena hɔ daa, \q2 na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa. \q1 \v 29 Mɛma nʼase atim afebɔɔ, \q2 nʼahennwa nso bɛtim hɔ akɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam. \b \q1 \v 30 “Sɛ ne mmammarima po me mmara \q2 na sɛ wɔanni mʼahyɛdeɛ so, \q1 \v 31 sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ so \q2 na sɛ wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a, \q1 \v 32 ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho \q2 na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso; \q1 \v 33 Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a meyɛ ma noɔ no \q2 na mɛkɔ so adi no nokorɛ. \q1 \v 34 Meremmu mʼapam no so \q2 na merensesa deɛ mede mʼano aka no. \q1 \v 35 Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko, \q2 na merentwa Dawid atorɔ da. \q1 \v 36 Meremma nʼase ntɔre da \q2 na nʼahennwa nso bɛtim wɔ mʼanim te sɛ owia; \q1 \v 37 ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane, \q2 ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.” \b \q1 \v 38 Nanso woapo no, woapa nʼakyi \q2 wo bo afu deɛ woasra no ngo no. \q1 \v 39 Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no \q2 woagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu. \q1 \v 40 Woabubu nʼafasuo nyinaa \q2 ama nʼabandenden adane mmubuiɛ. \q1 \v 41 Wɔn a wɔtwam wɔ hɔ nyinaa fom no fa; \q2 na wayɛ aniwudeɛ ama ne mfɛfoɔ. \q1 \v 42 Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so; \q2 ama wɔn nyinaa di ahurisie. \q1 \v 43 Woama nʼakofena ayɛ ɔkwa, \q2 na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu. \q1 \v 44 Wode nʼanimuonyam aba awieeɛ \q2 na woato nʼahennwa atwene fam. \q1 \v 45 Woatwa ne mmeranteberɛ nna so \q2 na wode animguaseɛ ngugusoɔ akata ne so. \b \q1 \v 46 Ao \nd Awurade\nd*, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa? \q2 Wʼabofuhyeɛ bɛkɔ so adɛre akɔsi da bɛn? \q1 \v 47 Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so. \q2 Ɛfiri sɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so! \q1 \v 48 Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da? \q2 Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam? \q1 \v 49 Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no wɔ, \q2 deɛ wofiri wo nokorɛdie mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no? \q1 \v 50 Awurade kae sɛdeɛ wɔadi wo ɔsomfoɔ ho fɛ \q2 ne sɛdeɛ manya akoma ama amanaman no akutiabɔ. \q1 \v 51 Ao \nd Awurade\nd*, akutiabɔ a wʼatamfoɔ de adi fɛw, \q2 de adi deɛ woasra no ngo no anammɔntuo biara ho fɛw. \b \b \q1 \v 52 Ayɛyie nka \nd Awurade\nd* daa! \qr Amen, Amen. \c 90 \ms NWOMA A ƐTƆ SO NNAN \mr Nnwom 90–106 \cl Dwom 90 \d Onyankopɔn onipa Mose mpaeɛbɔ. \q1 \v 1 Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea \q2 awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. \q1 \v 2 Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ \q2 anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no, \q2 na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten. \b \q1 \v 3 Woma adasamma sane dane mfuturo, \q2 ka sɛ, “Ao adasamma, monsane nkɔ mfuturo mu.” \q1 \v 4 Mfirinhyia apem yɛ wʼani so sɛ \q2 da koro a abɛsene seesei, \q2 anaasɛ anadwo mu dɔnhwereɛ kakraa bi. \q1 \v 5 Wopra nnipa kɔ, wɔ owuo nna mu; \q2 wɔte sɛ ɛserɛ a afefɛ anɔpa, \q1 \v 6 ɛfefɛ yɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ, \q2 nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam. \b \q1 \v 7 Yɛresa wɔ wʼabofuo ano \q2 na wʼanibereɛ abɔ yɛn hu. \q1 \v 8 Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim, \q2 na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu. \q1 \v 9 Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu; \q2 na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ. \q1 \v 10 Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson, \q2 anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; \q1 na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, \q2 na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ. \b \q1 \v 11 Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi? \q2 Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ. \q1 \v 12 Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ, \q2 na yɛanya nyansa akoma. \b \q1 \v 13 Sane bra, Ao \nd Awurade\nd*, ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn? \q2 Hunu wʼasomfoɔ mmɔbɔ. \q1 \v 14 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mmee yɛn adekyeɛ mu, \q2 na yɛde anigyeɛ ato dwom adi ahurisie yɛn nna nyinaa mu. \q1 \v 15 Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodoɔ a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no, \q2 sɛ mfirinhyia dodoɔ a yɛhunuu ateeteeɛ no. \q1 \v 16 Ma wʼasomfoɔ nhunu wo nneyɛɛ \q2 na wɔn mma nhunu wʼanimuonyam. \b \q1 \v 17 Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so; \q2 na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn \q2 aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie. \c 91 \cl Dwom 91 \q1 \v 1 Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea \q2 bɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu. \q1 \v 2 Mɛse \nd Awurade\nd* sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ, \q2 me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.” \b \q1 \v 3 Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu \q2 ne owuyadeɛ mu. \q1 \v 4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; \q2 na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea; \q2 ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm. \q1 \v 5 Worensuro anadwo mu ahunahuna, \q2 anaa bɛmma a ɛtu awia, \q1 \v 6 anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu, \q2 anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ. \q1 \v 7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu, \q2 na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa, \q2 nanso, wo deɛ, ɛrenka wo. \q1 \v 8 Wʼani nko ara na wode bɛhwɛ \q2 na woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe. \b \q1 \v 9 Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea, \q2 mpo \nd Awurade\nd* a ɔyɛ me dwanekɔbea no a, \q1 \v 10 ɔhaw biara remma wo so, \q2 na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan. \q1 \v 11 Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no \q2 abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu; \q1 \v 12 wɔde wɔn nsa bɛpagya wo, \q2 na wo nan rensunti ɔboɔ. \q1 \v 13 Wobɛtiatia agyata ne aprammire so, \q2 wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so. \b \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no; \q2 mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din. \q1 \v 15 Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so; \q2 mɛka ne ho wɔ amanehunu mu, \q2 mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam. \q1 \v 16 Mɛma nkwa nna a ɛware amee no \q2 na makyerɛ no me nkwagyeɛ.” \c 92 \cl Dwom 92 \d Dwom a wɔto no Homeda. \q1 \v 1 Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo \nd Awurade\nd* \q2 na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni, \q1 \v 2 na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpa \q2 ne wo nokorɛ anadwo, \q1 \v 3 wɔ ahoma edu sankuo so \q2 ne sankuten nnwom mu. \b \q1 \v 4 Ao \nd Awurade\nd*, wo nneyɛɛ ma mʼani gye; \q2 mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti. \q1 \v 5 Ao \nd Awurade\nd*, wo nnwuma yɛ akɛseɛ, \q2 na wo nyansa mu dɔ! \q1 \v 6 Ogyimifoɔ nnim \q2 na nkwaseafoɔ nte aseɛ, \q1 \v 7 amumuyɛfoɔ bɛnyini sɛ ɛserɛ \q2 na abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ, \q1 nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa. \b \q1 \v 8 Na wo \nd Awurade\nd*, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ. \b \q1 \v 9 Ao \nd Awurade\nd* ampa ara, \q2 wʼatamfoɔ bɛyera; \q2 na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa. \q1 \v 10 Woama me ahoɔden te sɛ ɛkoɔ; \q2 woahwie ngohwam papa agu me so. \q1 \v 11 Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi, \q2 mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono. \b \q1 \v 12 Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua, \q2 wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro; \q1 \v 13 deɛ wɔadua wɔ \nd Awurade\nd* fie, \q2 wɔbɛnyini frɔmfrɔm wɔ yɛn Onyankopɔn adihɔ hɔ. \q1 \v 14 Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo, \q2 wɔbɛyɛ frɔmm sɛ ahahammono, \q1 \v 15 de akyerɛ sɛ, “\nd Awurade\nd* yɛ ɔteneneeni; \q2 ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu.” \c 93 \cl Dwom 93 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no; \q2 wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ \nd Awurade\nd* \q2 na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ. \q1 Wɔde ewiase atim hɔ pintinn; \q2 na wɔrentumi ntutu. \q1 \v 2 Wʼahennwa tim hɔ firi tete; \q2 na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten. \b \q1 \v 3 Ao \nd Awurade\nd*, ɛpo ama wɔn ho so, \q2 ɛpo ama wɔn nne so; \q2 ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so. \q1 \v 4 Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa, \q2 deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ. \q2 \nd Awurade\nd* a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ. \b \q1 \v 5 Ao \nd Awurade\nd*, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn; \q2 kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam \q2 daa nyinaa. \c 94 \cl Dwom 94 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, Onyankopɔn a wotɔ werɛ, \q2 Onyankopɔn a wotɔ werɛ, hyerɛn. \q1 \v 2 Sɔre, Ao wo a woyɛ asase so ɔtemmufoɔ, \q2 tua ahantanfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn. \q1 \v 3 Ao \nd Awurade\nd*, ɛnkɔsi da bɛn, \q2 amumuyɛfoɔ nnye wɔn ani nkɔsi da bɛn? \b \q1 \v 4 Wɔkasa ahantan so; \q2 ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma. \q1 \v 5 Ao \nd Awurade\nd*, wɔdwerɛ wo nkurɔfoɔ; \q2 wɔhyɛ wʼagyapadeɛ so. \q1 \v 6 Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ; \q2 na wɔdi nwisiaa awu. \q1 \v 7 Wɔka sɛ, “\nd Awurade\nd* nhunu, \q2 Yakob Onyankopɔn ayi nʼani.” \b \q1 \v 8 Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu; \q2 nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa? \q1 \v 9 Deɛ ɔbɔɔ aso no, ɔrente asɛm anaa? \q2 Deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ anaa? \q1 \v 10 Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa? \q2 Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa? \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* nim onipa nsusuiɛ; \q2 ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee. \b \q1 \v 12 Ao \nd Awurade\nd*, nhyira ne onipa a wotenetene ne so, \q2 onipa a wokyerɛ no wo mmara no; \q1 \v 13 Woma wɔn ɔhome firi amanehunu nna mu, \q2 kɔsi sɛ wɔbɛtu amena ama amumuyɛfoɔ. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* rempo ne nkurɔfoɔ; \q2 na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da. \q1 \v 15 Atemmuo bɛgyina teneneeyɛ so bio, \q2 na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa bɛdi so. \b \q1 \v 16 Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me? \q2 Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me? \q1 \v 17 Sɛ \nd Awurade\nd* ammoa me a, \q2 anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so. \q1 \v 18 Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no, \q2 Ao \nd Awurade\nd*, wo dɔ no sɔɔ me mu. \q1 \v 19 Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no, \q2 wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam. \b \q1 \v 20 Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa? \q2 Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa? \q1 \v 21 Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ \q2 na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ. \q1 \v 22 Nanso \nd Awurade\nd* yɛ mʼaban; \q2 na me Onyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na menya ahintaeɛ. \q1 \v 23 Ɔbɛtua wɔn nnebɔne no so ka \q2 na wɔn amumuyɛ enti, wasɛe wɔn; \q2 \nd Awurade\nd* yɛn Onyankopɔn bɛsɛe wɔn. \c 95 \cl Dwom 95 \q1 \v 1 Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma \nd Awurade\nd*; \q2 momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no. \q1 \v 2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, \q2 na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so. \b \q1 \v 3 Ɛfiri sɛ, \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn kɛseɛ, \q2 ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so. \q1 \v 4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, \q2 na mmepɔ mpampam wɔ no. \q1 \v 5 Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ, \q2 na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no. \b \q1 \v 6 Mommra mma yɛnkoto nsom no. \q2 Momma yɛmmu nkotodwe wɔ \nd Awurade\nd* yɛn Yɛfoɔ no anim! \q1 \v 7 Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn; \q2 yɛyɛ nʼadidibea nnipa, \q2 ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so. \b \q1 Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, \q2 \v 8 mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no, \q2 sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no, \q1 \v 9 Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ, \q2 a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn. \q1 \v 10 Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan \q2 na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, \q2 na wɔanhunu mʼakwan.” \q1 \v 11 Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, \q2 “Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.” \c 96 \cl Dwom 96 \q1 \v 1 Monto dwom foforɔ mma \nd Awurade\nd*; \q2 asase nyinaa monto dwom mma \nd Awurade\nd*. \q1 \v 2 Monto dwom mma \nd Awurade\nd*, na monkamfo ne din; \q2 mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa. \q1 \v 3 Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu, \q2 monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie; \q2 ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa. \q1 \v 5 Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, \q2 nanso \nd Awurade\nd* na ɔbɔɔ ɔsoro. \q1 \v 6 Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; \q2 ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ. \b \q1 \v 7 Momfa mma \nd Awurade\nd*, Ao amanaman mmusuakuo, \q2 momfa animuonyam ne tumi mma \nd Awurade\nd*. \q1 \v 8 Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma \nd Awurade\nd*; \q2 momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ. \q1 \v 9 Monsɔre \nd Awurade\nd* wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; \q2 asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim. \b \q1 \v 10 Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “\nd Awurade\nd* di ɔhene.” \q2 Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim; \q2 ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn. \q1 \v 11 Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie; \q2 momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo; \q2 \v 12 momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose. \q1 Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom; \q2 \v 13 wɔbɛto dwom wɔ \nd Awurade\nd* anim, ɛfiri sɛ ɔreba, \q2 ɔreba abɛbu asase no atɛn. \q1 Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn \q2 na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu. \c 97 \cl Dwom 97 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* di ɔhene, ma asase ani nnye; \q2 ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho. \b \q1 \v 2 Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia; \q2 tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem. \q1 \v 3 Ogya di nʼanim \q2 na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. \q1 \v 4 Nʼanyinam hran ewiase; \q2 asase ahunu, na ne ho popo. \q1 \v 5 Mmepɔ nane sɛ nku wɔ \nd Awurade\nd* anim, \q2 \nd Awurade\nd* a asase nyinaa wɔ no no anim. \q1 \v 6 Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ \q2 na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam. \b \q1 \v 7 Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase, \q2 wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no, \q2 anyame nyinaa monsɔre no. \b \q1 \v 8 Sion te, na ne ho sɛpɛ no \q2 na Yuda nkuraase ani gye \q2 Ao \nd Awurade\nd*, ɛsiane wʼatɛntenenee enti. \q1 \v 9 Wo, Ao \nd Awurade\nd* ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; \q2 wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu. \b \q1 \v 10 Ma wɔn a wɔdɔ \nd Awurade\nd* no nkyiri bɔne, \q2 ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho ban \q2 na ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam. \q1 \v 11 Hann to gu teneneefoɔ so \q2 na anigyeɛ ba wɔn a wɔn akoma mu teɛ so. \q1 \v 12 Momma mo ani nnye \nd Awurade\nd* mu, mo teneneefoɔ nyinaa, \q2 na monkamfo ne din kronkron no. \c 98 \cl Dwom 98 \d Dwom. \q1 \v 1 Monto dwom foforɔ mma \nd Awurade\nd*, \q2 ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; \q1 ne nsa nifa ne ne basa kronkron no \q2 anya nkwagyeɛ ama no. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* ama wɔahunu ne nkwagyeɛ \q2 na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no. \q1 \v 3 Wakae nʼadɔeɛ \q2 ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; \q1 asase ano nyinaa ahunu \q2 yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. \b \q1 \v 4 Asase nyinaa mommɔ ose mma \nd Awurade\nd*, \q2 momfa nnwontoɔ nni ahurisie; \q1 \v 5 Momfa sankuo nto dwom mma \nd Awurade\nd*, \q2 sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ, \q1 \v 6 momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn, \q2 nteam ahosɛpɛ so wɔ \nd Awurade\nd*, yɛn ɔhene no anim. \b \q1 \v 7 Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; \q2 asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa. \q1 \v 8 Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam, \q2 mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom; \q1 \v 9 ma wɔnto dwom wɔ \nd Awurade\nd* anim, \q2 ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn. \q1 Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn \q2 na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn. \c 99 \cl Dwom 99 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* di ɔhene, \q2 momma amanaman no ho mpopo; \q1 ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam, \q2 ma asase nwoso. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ; \q2 wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu. \q1 \v 3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no. \q2 Ɔyɛ kronkron. \b \q1 \v 4 Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee, \q2 woama pɛpɛyɛ atim; \q1 wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene \q2 wɔ Yakob mu. \q1 \v 5 Momma \nd Awurade\nd*, yɛn Onyankopɔn so \q2 na monsɔre no wɔ ne nan ntiasoɔ anim; \q2 ɔyɛ kronkron. \b \q1 \v 6 Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfoɔ no ho, \q2 na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; \q1 wɔfrɛɛ \nd Awurade\nd*, \q2 na ɔgyee wɔn so. \q1 \v 7 Ɔfiri omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; \q2 wɔdii mmara ne ahyɛdeɛ a ɔmaa wɔn no so. \b \q1 \v 8 Ao \nd Awurade\nd*, yɛn Onyankopɔn, \q2 wogyee wɔn so; \q1 woyɛɛ bɔnefakyɛ Onyankopɔn maa Israel, \q2 nanso wɔtwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho. \q1 \v 9 Momma \nd Awurade\nd* yɛn Onyankopɔn so \q2 na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so, \q2 na \nd Awurade\nd* yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron. \c 100 \cl Dwom 100 \d Ayɛyie Dwom. \q1 \v 1 Mommɔ ose mma \nd Awurade\nd*, asase nyinaa \q2 \v 2 Momfa ahosɛpɛ nsom \nd Awurade\nd*; \q2 momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim. \q1 \v 3 Monhunu sɛ \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn; \q2 ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea; \q2 yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan. \b \q1 \v 4 Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu \q2 na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ; \q2 momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; \q2 ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. \c 101 \cl Dwom 101 \d Dawid Dwom. \q1 \v 1 Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom; \q2 Ao \nd Awurade\nd*, mɛto ayɛyie dwom ama wo. \q1 \v 2 Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ. \q2 Dabɛn na wobɛba me nkyɛn? \b \q1 Mede akoma a afɔdie nni mu \q2 bɛnante me fie. \q1 \v 3 Meremfa mʼani nsi \q2 adeɛ a ɛyɛ tane biara so. \b \q1 Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie; \q2 Me ne wɔn nni hwee yɛ. \q1 \v 4 Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me; \q2 me ne bɔne nni hwee yɛ. \b \q1 \v 5 Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no, \q2 ɔno na mɛsɛe; \q1 deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma, \q2 ɔno na merennyegye ne so. \b \q1 \v 6 Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so \q2 na me ne wɔn atena; \q1 deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, \q2 ɔno na ɔbɛsom me. \b \q1 \v 7 Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biara \q2 rentena me fie; \q1 deɛ ɔtwa nkontompo no \q2 rennyina mʼanim. \b \q1 \v 8 Adekyeeɛ biara, \q2 mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa; \q1 na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biara \q2 afiri \nd Awurade\nd* kuropɔn mu. \c 102 \cl Dwom 102 \d Aberanteɛ mmɔborɔni mpaeɛbɔ. Ɛberɛ a ne home te no na ɔka nʼahometesɛm kyerɛ \nd Awurade\nd*. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd* tie me mpaeɛbɔ; \q2 na ma me mmoa ho sufrɛ nnuru wʼanim. \q1 \v 2 Mfa wʼanim nhinta me \q2 ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu. \q1 Brɛ wʼaso ase ma me; \q2 na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm. \b \q1 \v 3 Me nkwa nna reyera te sɛ wisie; \q2 me nnompe hyehye te sɛ egya. \q1 \v 4 Mʼakoma aboto na akusa sɛ ɛserɛ; \q2 na me kɔn nnɔ aduane. \q1 \v 5 Mʼapinisie denden enti \q2 maka honam ne nnompe. \q1 \v 6 Mete sɛ ɛserɛ so patuo, \q2 te sɛ ɔpatuo a ɔte mmubuiɛ mu. \q1 \v 7 Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ \q2 anomaa bi a ɔno nko ara si ɛdan atifi. \q1 \v 8 Ɛda mu nyinaa mʼatamfoɔ bɔ me akutia. \q2 Wɔn a wɔdi me ho fɛ no bɔ me din de dome. \q1 \v 9 Mede nsõ ayɛ mʼaduane \q2 na mede nisuo fra me nsuo mu \q1 \v 10 ɛsiane wʼabufuhyeɛ denden no enti, \q2 woama me so, ayi me asi nkyɛn. \q1 \v 11 Me nkwa nna te sɛ anwummerɛ sunsum; \q2 na mekusa sɛ ɛserɛ. \b \q1 \v 12 Nanso, wo \nd Awurade\nd*, woyɛ ɔhene daa daa; \q2 na wo din a ahyeta no te hɔ daa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. \q1 \v 13 Wobɛsɔre na woahunu Sion mmɔbɔ; \q2 berɛ aduru sɛ wohunu no mmɔbɔ; \q2 ɛberɛ a wohyɛeɛ no aso. \q1 \v 14 Nʼaboɔ som bo ma wʼasomfoɔ; \q2 ne mfuturo hyɛ wɔn awerɛhoɔ. \q1 \v 15 Amanaman no bɛsuro \nd Awurade\nd* din; \q2 asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni. \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* bɛkyekyere Sion bio, \q2 na wapue wɔ nʼanimuonyam mu. \q1 \v 17 Ɔbɛtie mmɔborɔfoɔ mpaeɛbɔ; \q2 na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so. \b \q1 \v 18 Montwerɛ yei mma nkyirimma, \q2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnnya nwoo wɔn bɛkamfo \nd Awurade\nd*; \q1 \v 19 “\nd Awurade\nd* hwɛɛ fam firi ne kronkronbea wɔ soro hɔ; \q2 ɔfiri soro hwɛɛ asase, \q1 \v 20 sɛdeɛ ɔbɛte nneduafoɔ apinisie \q2 na wagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.” \q1 \v 21 Enti, wɔbɛpae mu abɔ \nd Awurade\nd* din wɔ Sion \q2 na wɔakamfo no wɔ Yerusalem, \q1 \v 22 ɛberɛ a amanaman ne ahennie ahodoɔ \q2 bɛhyiam na wɔasom \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 23 Ɔmaa me yɛɛ mmerɛ wɔ ɛberɛ a merenyini. \q2 Ɔtwaa me nkwa nna so. \q1 \v 24 Enti mekaa sɛ, \q2 “Ao me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini; \q2 wo mfeɛ wɔ hɔ daa kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. \q1 \v 25 Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem, \q2 na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. \q1 \v 26 Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa; \q2 wɔbɛtete te sɛ atadeɛ. \q1 Wobɛsesa wɔn te sɛ ntoma \q2 na wɔbɛto wɔn agu. \q1 \v 27 Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ, \q2 na wo mfeɛ to rentwa da. \q1 \v 28 Wʼasomfoɔ mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim; \q2 na wɔn asefoɔ ase bɛtim wɔ wʼanim.” \c 103 \cl Dwom 103 \d Dawid deɛ. \q1 \v 1 Ao me kra, kamfo \nd Awurade\nd*; \q2 na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no. \q1 \v 2 Ao me kra, kamfo \nd Awurade\nd*, \q2 na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa, \q1 \v 3 ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ \q2 na ɔsa wo nyarewa nyinaa, \q1 \v 4 ɔgye wo nkwa firi damena mu \q2 na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire, \q1 \v 5 ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛdeɛ \q2 na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ. \b \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* yɛ adetenenee \q2 na ɔbu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntenenee. \b \q1 \v 7 Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan, \q2 na ɔmaa Israelfoɔ hunuu ne nneyɛɛ. \q1 \v 8 Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne \nd Awurade\nd*, \q2 ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. \q1 \v 9 Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ, \q2 na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa; \q1 \v 10 Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata \q2 na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ. \q1 \v 11 Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no, \q2 saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so. \q1 \v 12 Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, \q2 saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware. \b \q1 \v 13 Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, \q2 saa ara na \nd Awurade\nd* yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no, \q1 \v 14 na ɔnim sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn, \q2 ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo. \q1 \v 15 Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ, \q2 ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren; \q1 \v 16 sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ, \q2 na ne sibea nnim no bio. \q1 \v 17 Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten \q2 \nd Awurade\nd* adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so, \q2 na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so, \q1 \v 18 wɔn a wɔdi nʼapam no so \q2 na wɔkae di ne mmara so. \b \q1 \v 19 \nd Awurade\nd* asi nʼahennwa wɔ soro, \q2 na nʼahennie di adeɛ nyinaa so. \b \q1 \v 20 Monkamfo \nd Awurade\nd*, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ, \q2 mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ, \q2 mo a motie nʼasɛm. \q1 \v 21 Monkamfo \nd Awurade\nd*, ɔsoro asafo nyinaa, \q2 nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ. \q1 \v 22 Monkamfo \nd Awurade\nd*, ne nnwuma nyinaa \q2 deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa. \b \q1 Ao me ɔkra, kamfo \nd Awurade\nd*! \c 104 \cl Dwom 104 \q1 \v 1 Ao me ɔkra, kamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 Ao \nd Awurade\nd* me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ! \q2 Wɔafira tumi ne animuonyam. \b \q1 \v 2 Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ; \q2 ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan, \q2 \v 3 na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so. \q1 Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam \q2 na ɔde nante mframa ntaban so. \q1 \v 4 Ɔsoma nʼabɔfoɔ sɛ mframa, \q2 na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ ogyadɛreɛ. \b \q1 \v 5 Ɔde asase asi ne fapem so \q2 na ɛrenhinhim da. \q1 \v 6 Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ \q2 na nsuo gyinaa mmepɔ no so. \q1 \v 7 Nanso wʼanimka maa nsuo no dwaneeɛ, \q2 wʼaprannaa nnyegyeeɛ ma wɔdwaneeɛ; \q1 \v 8 Wɔtenetenee faa mmepɔ so, \q2 kɔɔ mmɔnhwa mu tɔnn, \q2 kɔguu baabi a wode ama wɔn no. \q1 \v 9 Wotoo ɔhyeɛ a wɔrentumi ntra; \q2 na wɔammɛkata asase so bio. \b \q1 \v 10 Ɔma nsuwa tene fa abɔn mu; \q2 ɛtene fa mmepɔ ntam. \q1 \v 11 Ɔma wiram mmoa nyinaa nsuo nom; \q2 ɔma afunumu nsuo de kum wɔn sukɔm. \q1 \v 12 Ewiem nnomaa nwene wɔn pirebuo wɔ nsuo no ho; \q2 na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so. \q1 \v 13 Ɔfiri ne soro mpia mu tɔ nsuo gugu mmepɔ so; \q2 \nd Awurade\nd* nnwuma so aba mee asase. \q1 \v 14 Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie, \q2 na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ ɔnnua \q2 na ɛmma aduane mfiri asase mu: \q1 \v 15 na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam, \q2 na onipa anya ngo ama nʼanim atɔ so, \q2 na aduane nso akura onipa akoma. \q1 \v 16 Wɔgugu \nd Awurade\nd* nnua no so yie, \q2 Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no. \q1 \v 17 Ɛso na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo \q2 na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenaeɛ wɔ pepeaa nnua no mu. \q1 \v 18 Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea; \q2 na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua. \b \q1 \v 19 Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu, \q2 na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ. \q1 \v 20 Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ \q2 na kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ. \q1 \v 21 Gyata bobom pɛ wɔn ahaboa \q2 wɔhwehwɛ wɔn aduane firi Onyankopɔn hɔ. \q1 \v 22 Owia pue ma wɔsane wɔn akyi; \q2 wɔsane kɔdeda wɔn atuo mu. \q1 \v 23 Afei, onipa kɔ nʼadwuma so \q2 kɔyɛ adwuma ara kɔsi anwummerɛ. \b \q1 \v 24 Ao \nd Awurade\nd*, wo nnwuma dɔɔso! \q2 Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; \q2 wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma. \q1 \v 25 Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi, \q2 a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano, \q2 akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma. \q1 \v 26 Ɛso na ahyɛn di akɔneaba, \q2 na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ. \b \q1 \v 27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan \q2 sɛ wobɛma wɔn wɔn aduane wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu. \q1 \v 28 Wodema wɔn a, wɔtase; \q2 wobue wo nsam a, nnepa mee wɔn. \q1 \v 29 Wode wʼanim hinta wɔn a, \q2 wɔbɔ hu; \q1 sɛ wogye wɔn ahomeɛ a, \q2 wɔwuwu na wɔsane kɔ mfuturo mu. \q1 \v 30 Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a \q2 na wɔabɔ wɔn, \q2 na woyɛ asase ani foforɔ. \b \q1 \v 31 Ma \nd Awurade\nd* animuonyam ntena hɔ daa; \q2 ma \nd Awurade\nd* ani nnye ne nnwuma ho, \q1 \v 32 deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, \q2 na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba. \b \q1 \v 33 Mɛto dwom ama \nd Awurade\nd* me nkwa nna nyinaa; \q2 sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn. \q1 \v 34 Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani \q2 ɛberɛ a meregye mʼani wɔ \nd Awurade\nd* mu yi. \q1 \v 35 Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so; \q2 na amumuyɛfoɔ ase nhye. \b \q1 Ao me ɔkra, kamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Kamfo \nd Awurade\nd*. \c 105 \cl Dwom 105 \q1 \v 1 Ɛda \nd Awurade\nd* ase na da ne kɛseyɛ adi. \q2 Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ. \q1 \v 2 Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no; \q2 monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa. \q1 \v 3 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; \q2 momma wɔn a wɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* no nnya akoma mu anigyeɛ. \q1 \v 4 Momma mo ani nna \nd Awurade\nd* ne nʼahoɔden so; \q2 na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara. \b \q1 \v 5 Monkae anwanwadeɛ a wayɛ \q2 ne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ, \q1 \v 6 Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ, \q2 Ao Yakob mma a wapa wɔn. \q1 \v 7 Ɔyɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Onyankopɔn. \q2 Nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa. \b \q1 \v 8 Ɔkae nʼapam daa nyinaa, \q2 asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no, \q1 \v 9 apam a ɔne Abraham yɛeɛ no \q2 ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no. \q1 \v 10 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, \q2 de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. \q1 \v 11 Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wo \q2 sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.” \b \q1 \v 12 Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso, \q2 ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan. \q1 \v 13 Wɔfirii aman so kɔɔ aman so; \q2 firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu. \q1 \v 14 Wamma obi anhyɛ wɔn so; \q2 wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ: \q1 \v 15 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo; \q2 na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.” \b \q1 \v 16 Ɔmaa ɛkɔm baa asase no so \q2 na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa; \q1 \v 17 na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim, \q2 Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no. \q1 \v 18 Wɔde mpokyerɛ guu ne nan, \q2 na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn, \q1 \v 19 kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu, \q2 kɔsii sɛ \nd Awurade\nd* asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ. \q1 \v 20 Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no; \q2 aman no sodifoɔ gyaa no. \q1 \v 21 Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura, \q2 deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ, \q1 \v 22 sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛ \q2 na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa. \b \q1 \v 23 Afei, Israel kɔɔ Misraim; \q2 Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani. \q1 \v 24 \nd Awurade\nd* maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ; \q2 ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ, \q1 \v 25 wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔ \q2 na wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so. \q1 \v 26 Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose, \q2 ne Aaron a na wayi noɔ no. \q1 \v 27 Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu, \q2 nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so. \q1 \v 28 Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sum \q2 ɛfiri sɛ na wɔate nʼasɛm no so atua. \q1 \v 29 Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya, \q2 nam so kumm emu mpataa. \q1 \v 30 Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma, \q2 na wɔhyɛnee ɔman no sodifoɔ mpia mu. \q1 \v 31 Ɔkasaeɛ, na nwansena bebree \q2 ne ntontom baa ɔman no mu baabiara. \q1 \v 32 Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔ \q2 a anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu; \q1 \v 33 Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua \q2 na ɔbubuu ɔman no so nnua pasaa. \q1 \v 34 Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛ \q2 mmɛbɛ a wɔntumi nkan wɔn; \q1 \v 35 wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so, \q2 na wɔdii wɔn mfuo so nnuane. \q1 \v 36 Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa, \q2 wɔn mmarimayɛ mu aba a ɛdi ɛkan nyinaa. \q1 \v 37 Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, \q2 firii wɔn mmusuakuo mu a obiara ho antɔ kyima. \q1 \v 38 Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ, \q2 ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ho hu atɔ wɔn so. \b \q1 \v 39 Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so, \q2 na ɔde ogya maa wɔn, sɛ ɛnyɛ hann anadwo. \q1 \v 40 Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko. \q2 Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn. \q1 \v 41 Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ; \q2 na ɛtenee wɔ ɛserɛ no so sɛ asubɔnten. \b \q1 \v 42 Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi a \q2 ɔhyɛɛ ne ɔsomfoɔ Abraham no. \q1 \v 43 Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ. \q2 Wɔn a wapa wɔn no dii ahurisie; \q1 \v 44 ɔde amanaman no nsase maa wɔn, \q2 na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ \q1 \v 45 na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛ \q2 adi ne mmara so. \b \q1 Monyi \nd Awurade\nd* ayɛ. \c 106 \cl Dwom 106 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 Monna \nd Awurade\nd* ase na ɔyɛ; \q2 na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 2 Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a \nd Awurade\nd* ayɛ? \q2 Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie? \q1 \v 3 Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee, \q2 na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ. \b \q1 \v 4 Ao \nd Awurade\nd*, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me. \q2 Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me, \q1 \v 5 na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa, \q2 na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfa \q2 na me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo. \b \q1 \v 6 Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no; \q2 yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm. \q1 \v 7 Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no, \q2 wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho; \q1 wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no, \q2 na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. \q1 \v 8 Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa, \q2 sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi. \q1 \v 9 Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee; \q2 ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so. \q1 \v 10 Ɔgyee wɔn firii ɔtamfoɔ no nsam; \q2 deɛ ɔtane wɔn nsam na ɔyii wɔn firiiɛ. \q1 \v 11 Nsuo kataa wɔn atamfoɔ so; \q2 na ɔbaako mpo annya nkwa. \q1 \v 12 Afei wɔgyee ne bɔhyɛ no diiɛ \q2 na wɔtoo nʼayɛyie dwom. \b \q1 \v 13 Nanso, ntɛm so, wɔn werɛ firii deɛ wayɛ \q2 na wɔantwɛn nʼagyinatuo. \q1 \v 14 Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ ɛserɛ so hɔ, \q2 na wɔ asase paradada no so, wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ, \q1 \v 15 enti ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ, \q2 nanso, ɔde ɔfɔn yadeɛ baa wɔn so. \b \q1 \v 16 Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose \q2 ne Aaron a \nd Awurade\nd* ate ne ho no. \q1 \v 17 Asase mu buee na ɛmenee Datan \q2 na ɛsiee Abiram asafo no. \q1 \v 18 Egya tɔɔ wɔn akyidifoɔ no mu; \q2 ogyaframa hyee amumuyɛfoɔ no. \q1 \v 19 Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb \q2 na wɔkotoo ohoni a wɔde fagudeɛ ayɛ. \q1 \v 20 Wɔsesaa wɔn Animuonyam. \q2 Wɔde nantwinini, a ɔwe ɛserɛ nsɛsodeɛ. \q1 \v 21 Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn nkwa, \q2 deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim no, \q1 \v 22 nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so \q2 ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ ho no. \q1 \v 23 Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn, \q2 nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ no \q1 sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; \q2 ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn. \b \q1 \v 24 Afei, wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no; \q2 na wɔannye ne bɔhyɛ anni. \q1 \v 25 Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu \q2 na wɔannyɛ ɔsetie amma \nd Awurade\nd*. \q1 \v 26 Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ \q2 ɔbɛma wɔn atotɔ wɔ ɛserɛ no so, \q1 \v 27 ɔbɛma wɔn asefoɔ atotɔ wɔ amanaman mu \q2 na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so. \b \q1 \v 28 Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho \q2 na wɔdii afɔrebɔdeɛ a wɔde ama anyame a wɔnni nkwa; \q1 \v 29 wɔde wɔn atirimuɔdensɛm hyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuo \q2 na ɔyaredɔm sii wɔn mu. \q1 \v 30 Na Pinehas sɔre dii agyinamu, \q2 na \nd Awurade\nd* sii ɔyaredɔm no ano. \q1 \v 31 Wɔde yei yɛɛ tenenee maa Pinehas \q2 wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛbɛba no mu. \b \q1 \v 32 Meriba nsuo ho nso, wɔhyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuo, \q2 na wɔn enti, ɔhaw baa Mose so, \q1 \v 33 ɛfiri sɛ wɔtee Onyankopɔn Honhom anim atua, \q2 na asɛm a wannwene ho firii Mose anomu. \q1 \v 34 Wɔansɛe nnipa no \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* hyɛɛ wɔn no, \q1 \v 35 nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no \q2 yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi. \q1 \v 36 Wɔsomm wɔn ahoni \q2 na ɛbɛyɛɛ afidie maa wɔn. \q1 \v 37 Wɔde wɔn mmammarima \q2 ne wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa abosom. \q1 \v 38 Wɔkaa mogya a ɛdi bem guiɛ; \q2 wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mogya a \q1 wɔde bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni no \q2 maa asase no ho guu fi. \q1 \v 39 Wɔde deɛ wɔyɛeɛ no guu wɔn ankasa ho fi; \q2 wɔnam deɛ wɔyɛeɛ no so bɔɔ adwaman. \b \q1 \v 40 Enti, \nd Awurade\nd* bo fuu ne nkurɔfoɔ; \q2 na ɔkyirii nʼagyapadeɛ. \q1 \v 41 Ɔdanee wɔn maa amanaman no, \q2 na wɔn atamfoɔ dii wɔn so. \q1 \v 42 Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so \q2 na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase. \q1 \v 43 Mpɛn bebree, \nd Awurade\nd* gyee wɔn, \q2 nanso wɔkɔɔ so tee atua \q2 na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu. \q1 \v 44 Nanso ɔhunuu wɔn ahohiahia \q2 ɛberɛ a wɔsu frɛɛ noɔ no; \q1 \v 45 Wɔn enti, ɔkaee nʼapam no \q2 na ɔfirii nʼadɔeɛ kɛseɛ no mu hunuu wɔn mmɔbɔ. \q1 \v 46 Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum no \q2 nyaa ahummɔborɔ maa wɔn. \b \q1 \v 47 Gye yɛn, Ao \nd Awurade\nd* yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn, \q2 na boaboa yɛn ano firi amanaman so, \q1 na yɛada wo din kronkron no ase, \q2 na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam. \b \b \q1 \v 48 Ayɛyie nka \nd Awurade\nd*, Israel Onyankopɔn, \q2 ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. \b \q1 Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!” \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 107 \ms NWOMA A ƐTƆ SO NNUM \mr Nnwom 107–150 \cl Dwom 107 \q1 \v 1 Monna \nd Awurade\nd* ase na ɔyɛ; \q2 na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 2 Momma wɔn a \nd Awurade\nd* agye wɔn nka saa, \q2 wɔn a wagye wɔn afiri ɔtamfoɔ nsam no, \q1 \v 3 wɔn a ɔboaboaa wɔn ano firii nsase soɔ no, \q2 ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ, atifi kɔsi anafoɔ. \b \q1 \v 4 Ebinom kyinkyinii wɔ nsase paradada so, \q2 a wɔanhunu ɛkwan ankɔ kuropɔn no mu, baabi a wɔbɛtumi anya atenaeɛ. \q1 \v 5 Ɛkɔm ne sukɔm dee wɔn \q2 na wɔtotɔɔ baha. \q1 \v 6 Afei wɔsu frɛɛ \nd Awurade\nd* wɔ wɔn amanehunu mu, \q2 na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. \q1 \v 7 Ɔde wɔn faa ɛkwan tee so \q2 baa kuropɔn a wɔtumi tena mu no mu. \q1 \v 8 Momma wɔnna \nd Awurade\nd* ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho \q2 ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. \q1 \v 9 Ɔma wɔn a sukɔm de wɔn nsuo \q2 na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma. \b \q1 \v 10 Ebinom tenaa esum ne awerɛhoɔ mu, \q2 nneduafoɔ a wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn, \q1 \v 11 ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm ho atua \q2 na wɔbuu Ɔsorosoroni no agyinatuo animtiaa. \q1 \v 12 Enti ɔgyaa wɔn maa adwuma den; \q2 wɔsuntisuntiiɛ na wɔannya ɔboafoɔ. \q1 \v 13 Afei, wɔsu frɛɛ \nd Awurade\nd* wɔ wɔn amanehunu mu, \q2 na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. \q1 \v 14 Ɔyii wɔn firii esum ne awerɛhoɔ mu \q2 na ɔbubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. \q1 \v 15 Momma wɔnna \nd Awurade\nd* ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho \q2 ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. \q1 \v 16 Ɔbubu kɔbere mfrafraeɛ apono \q2 na ɔtwitwa nnadeban mu. \b \q1 \v 17 Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafoɔ, wɔn atuateɛ enti \q2 na wɔhunuu amane, wɔn nnebɔne enti. \q1 \v 18 Wɔkyirii aduane nyinaa \q2 na wɔtwe bɛnee owuo ɛpono ano. \q1 \v 19 Afei, wɔsu frɛɛ \nd Awurade\nd*, wɔn amanehunu mu \q2 na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. \q1 \v 20 Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yadeɛ; \q2 na ɔgyee wɔn firii ɛda mu. \q1 \v 21 Momma wɔnna \nd Awurade\nd* ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho \q2 ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. \q1 \v 22 Momma wɔmmɔ aseda afɔdeɛ \q2 na wɔmfa ahurisie nnwom nka ne nnwuma ho asɛm. \b \q1 \v 23 Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ ɛpo so; \q2 wɔyɛ adwadifoɔ wɔ nsuo akɛseɛ so. \q1 \v 24 Wɔhunuu \nd Awurade\nd* nnwuma, \q2 nʼanwanwadeɛ a ɛwɔ ebunu mu. \q1 \v 25 Ɔkasaeɛ maa ahum tui \q2 na ɛkukuruu asorɔkye. \q1 \v 26 Wɔpagya kɔɔ sorosoro na wɔsiane kɔɔ ebunu mu tɔnn; \q2 wɔn amanehunu mu no wɔn bo tui. \q1 \v 27 Wɔkyim totɔɔ ntintan sɛ asabofoɔ; \q2 na wɔnhunu deɛ wɔnnyɛ bio. \q1 \v 28 Afei, wɔsu frɛɛ \nd Awurade\nd*, wɔn amanehunu mu, \q2 na ɔgyee wɔn firii wɔn ahohiahia mu. \q1 \v 29 Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; \q2 ɛpo so asorɔkye ano brɛɛ ase. \q1 \v 30 Wɔn ani gyeeɛ ɛberɛ a ɛyɛɛ dinn no, \q2 na ɔkyerɛɛ wɔn ɛkwan de wɔn kɔduruu gyinabea a wɔpɛ. \q1 \v 31 Momma wɔnna \nd Awurade\nd* ase, nʼadɔeɛ a ɛnsa da ho \q2 ne nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ ma nnipa. \q1 \v 32 Wɔmma ne so wɔ asafo no mu \q2 na wɔnkamfo no wɔ mpanimfoɔ nhyiamu ase. \b \q1 \v 33 Ɔdanee nsubɔntene maa no yɛɛ ɛserɛ, \q2 asutene yɛɛ asase wesee, \q1 \v 34 na asasebereɛ danee nkyenenkyene, \q2 wɔn a wɔte asase no so amumuyɛ enti. \q1 \v 35 Ɔdanee ɛserɛ so maa no yɛɛ nsuwansuwa \q2 na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ asutene ananmu; \q1 \v 36 Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɛkɔm de wɔn kɔsoɛe, \q2 na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu. \q1 \v 37 Wɔyɛɛ mfuo ne bobe nturo \q2 na ɛmaa wɔn nnɔbaeɛ bebree. \q1 \v 38 Ɔhyiraa wɔn na wɔn ase dɔreeɛ. \q2 Wamma wɔn ayɛmmoa dodoɔ so anhwan. \b \q1 \v 39 Afei wɔn dodoɔ so hwaneeɛ \q2 na nhyɛsoɔ, amanehunu ne awerɛhoɔ brɛɛ wɔn ase; \q1 \v 40 deɛ ɔbu aberempɔn animtiaa no \q2 ma wɔkyinkyinii asase bonini a ɛkwan nni hɔ so. \q1 \v 41 Nanso, ɔpagyaa ahiafoɔ firii wɔn ahohia mu \q2 na ɔmaa wɔn mmusua dɔree sɛ nnwankuo. \q1 \v 42 Ateneneefoɔ bɛhunu ama wɔn ani gye, \q2 nanso amumuyɛfoɔ nyinaa bɛmua wɔn ano. \b \q1 \v 43 Momma deɛ ɔyɛ onyansafoɔ no mmu yeinom, \q2 na ɔnnwene \nd Awurade\nd* adɔeɛ kɛseɛ no ho. \c 108 \cl Dwom 108 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, mʼakoma atɔ me yam; \q2 mede me kra nyinaa bɛto wʼayɛyie dwom. \q1 \v 2 Monyane, sankuo ne bɛnta! \q2 Mɛnyane anɔpahema. \q1 \v 3 Ao \nd Awurade\nd*, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; \q2 mɛto wo ho dwom wɔ nnipa no mu. \q1 \v 4 Wʼadɔeɛ so, ɛkorɔn sene ɔsoro; \q2 wo nokorɛdie duru ewiem. \q1 \v 5 Ao Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, \q2 na ama wʼanimuonyam aba asase nyinaa so. \b \q1 \v 6 Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn, \q2 na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa. \q1 \v 7 Onyankopɔn akasa afiri ne kronkronbea sɛ, \q2 “Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu \q2 na masusu Sukot Bɔnhwa. \q1 \v 8 Gilead yɛ me dea; Manase nso saa ara; \q2 Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ, \q2 Yuda yɛ mʼahempoma. \q1 \v 9 Moab yɛ me dwaresɛn, \q2 Edom so na meto me mpaboa guo; \q2 Filistia so na mebɔ ose.” \b \q1 \v 10 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? \q2 Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom? \q1 \v 11 Ao Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn? \q2 Wo ne yɛn nsraadɔm renkɔ ɔsa bio anaa? \q1 \v 12 Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no, \q2 na ɔdasani mmoa nka hwee. \q1 \v 13 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim, \q2 na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. \c 109 \cl Dwom 109 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ, \q2 mmua wʼano, \q1 \v 2 na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔ \q2 atu wɔn ano agu me so; \q2 wɔde atorɔ tɛkrɛma akasa atia me. \q1 \v 3 Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia \q2 na wɔto hyɛ me so a menkaa wɔn. \q1 \v 4 Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka, \q2 nanso meyɛ obi a ɔpɛ mpaeɛbɔ. \q1 \v 5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka, \q2 na wɔde ɔtan tua me nnamfoyɛ so ka. \b \q1 \v 6 Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no; \q2 na Satan nnyina ne nsa nifa so. \q1 \v 7 Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ, \q2 na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ. \q1 \v 8 Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi; \q2 na ɔfoforɔ nsi nʼanan mu sɛ ɔkandifoɔ. \q1 \v 9 Ma ne mma nyɛ nwisiaa \q2 na ne yere nyɛ okunafoɔ. \q1 \v 10 Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ; \q2 ma wɔmpam wɔn mfiri wɔn afie a abubuo no mu. \q1 \v 11 Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa; \q2 na amanfrafoɔ mfom nʼadwuma so aba. \q1 \v 12 Mma obiara nhunu no mmɔbɔ \q2 Mma obiara nhunu ne nwisiaa nso mmɔbɔ. \q1 \v 13 Ma nʼase nhye, \q2 na wɔn din nyera wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu. \q1 \v 14 Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ \nd Awurade\nd* anim; \q2 na ne maame bɔne no ntena hɔ daa. \q1 \v 15 Wɔn bɔne nyinaa nka \nd Awurade\nd* anim, \q2 na wɔankae wɔn bio wɔ asase so. \b \q1 \v 16 Ɛfiri sɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ, \q2 na mmom ɔtaa ahiafoɔ \q2 mmɔborɔfoɔ ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ de kɔɔ owuo mu. \q1 \v 17 Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome \q2 enti nnome mmra ne so; \q1 wampɛ sɛ ɔbɛhyira \q2 enti nhyira mmɔ no. \q1 \v 18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ; \q2 ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu sɛ nsuo, \q2 ne ne nnompe mu sɛ ngo. \q1 \v 19 Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho, \q2 ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa. \q1 \v 20 Ma yei nyɛ \nd Awurade\nd* akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ, \q2 wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no. \b \q1 \v 21 Nanso, wo Ao Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 wo din enti, wo ne me nni no yie; \q2 firi wʼadɔeɛ mu gye me. \q1 \v 22 Ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne deɛ onnibie, \q2 na mʼakoma atɔ baha wɔ me mu. \q1 \v 23 Metwam sɛ anwummerɛ sunsumma; \q2 wɔwoso me kyene sɛ ntutummɛ. \q1 \v 24 Abuadadie ama me kotodwe mu agogo; \q2 mafɔn na ama aka me nnompe. \q1 \v 25 Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ; \q2 sɛ wohunu me a, wɔwoso wɔn ti. \b \q1 \v 26 Boa me, Ao \nd Awurade\nd* me Onyankopɔn; \q2 gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ. \q1 \v 27 Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa, \q2 na wo na woayɛ, Ao \nd Awurade\nd*. \q1 \v 28 Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira; \q2 sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase, \q2 nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye. \q1 \v 29 Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho; \q2 na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ. \b \q1 \v 30 Mede mʼano bɛma \nd Awurade\nd* so ayɛ no kɛseɛ; \q2 mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu. \q1 \v 31 Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa so \q2 sɛ ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam. \c 110 \cl Dwom 110 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me Wura sɛ, \q2 “Tena me nifa so \q1 kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ \q2 bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion; \q2 na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so. \q1 \v 3 Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu \q2 ɛda a wobɛkɔ sa. \q1 Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ \q2 na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn \q2 sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* aka ntam \q2 na ɔrensesa nʼadwene: \q1 “Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ \q2 te sɛ Melkisedek sɛso.” \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* wɔ wo nifa so; \q2 ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no. \q1 \v 6 Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano; \q2 na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa. \q1 \v 7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo \q2 enti ɔbɛdi nkonim. \q1 Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo, \q2 na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu. \c 111 \cl Dwom 111 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama \nd Awurade\nd* so \q2 wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu. \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* nnwuma yɛ kɛseɛ; \q2 wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho. \q1 \v 3 Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam, \q2 na ne tenenee wɔ hɔ daa. \q1 \v 4 Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; \q2 \nd Awurade\nd* yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ. \q1 \v 5 Ɔma wɔn a wosuro no no aduane; \q2 ɔkae nʼapam no daa. \b \q1 \v 6 Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, \q2 sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn. \q1 \v 7 Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene; \q2 nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ. \q1 \v 8 Ɛtim hɔ daa daa, \q2 nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ. \q1 \v 9 Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ; \q2 ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, \q2 ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu. \b \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* suro yɛ nyansa mfitiaseɛ; \q2 wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa. \q2 Ɔno na daa ayɛyie wɔ no. \c 112 \cl Dwom 112 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Nhyira nka onipa a ɔsuro \nd Awurade\nd* \q2 na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii. \b \q1 \v 2 Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so; \q2 teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira. \q1 \v 3 Ahonya ne sika wɔ ne fie, \q2 na ne tenenee tena hɔ daa. \q1 \v 4 Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene, \q2 ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ. \q1 \v 5 Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa. \q2 Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so. \b \q1 \v 6 Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da; \q2 wɔbɛkae onipa tenenee daa. \q1 \v 7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu; \q2 nʼakoma atim wɔ \nd Awurade\nd* mu ahotosoɔ mu. \q1 \v 8 Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro; \q2 awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ. \q1 \v 9 Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ, \q2 ne tenenee wɔ hɔ daa; \q2 wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam. \b \q1 \v 10 Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea, \q2 ɔbɛtwere ne se na wafɔn; \q2 omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa. \c 113 \cl Dwom 113 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Ao, mo \nd Awurade\nd* asomfoɔ, monkamfo no, \q2 monkamfo \nd Awurade\nd* din. \q1 \v 2 Momma wɔnkamfo \nd Awurade\nd* din, \q2 seesei ne daa nyinaa. \q1 \v 3 Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ, \q2 ma wɔnkamfo \nd Awurade\nd* din. \b \q1 \v 4 Wɔama \nd Awurade\nd* so aman nyinaa so, \q2 nʼanimuonyam tra ɔsorosoro. \q1 \v 5 Hwan na ɔte sɛ \nd Awurade\nd* yɛn Onyankopɔn, \q2 Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro, \q1 \v 6 ɔno na ɔbɔ ne mu ase \q2 hwɛ ɔsorosoro ne asase. \b \q1 \v 7 Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu \q2 na ɔpagya onnibie firi nso sie so; \q1 \v 8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, \q2 wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu. \q1 \v 9 Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie \q2 sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 114 \cl Dwom 114 \q1 \v 1 Ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim, \q2 na Yakob fiefoɔ firii ananafoɔ asase so no, \q1 \v 2 Yuda bɛyɛɛ \nd Awurade\nd* kronkronbea \q2 na Israel bɛyɛɛ nʼahemman. \b \q1 \v 3 Ɛpo no huruiɛ na ɛdwaneeɛ, \q2 Yordan sanee nʼakyi; \q1 \v 4 Mmepɔ hurihurii sɛ nnwennini \q2 nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa. \b \q1 \v 5 Ɛdeɛn na ɛbaeɛ, Ao ɛpo, na wodwaneeɛ, \q2 Ao Yordan, na wosanee wʼakyi, \q1 \v 6 mo mmepɔ, na mohurihuri sɛ nnwennini, \q2 na mo nkokoɔ, mohurihuri sɛ nnwammaa? \b \q1 \v 7 Asase, ma wo ho mpopo wɔ \nd Awurade\nd* anim, \q2 wɔ Yakob Onyankopɔn anim, \q1 \v 8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no danee asubura, \q2 na abotan a ɛyɛ den danee nsuwa nsuwa no. \c 115 \cl Dwom 115 \q1 \v 1 Ɛnyɛ yɛn, Ao \nd Awurade\nd*, ɛnyɛ yɛn \q2 na wo din na animuonyam nka, \q2 wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti. \b \q1 \v 2 Adɛn enti na aman no bisa sɛ, \q2 “Wɔn Onyankopɔn wɔ he?” \q1 \v 3 Yɛn Onyankopɔn wɔ ɔsoro; \q2 deɛ ɔpɛ biara na ɔyɛ. \q1 \v 4 Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a \q2 wɔde onipa nsa na ayɛ. \q1 \v 5 Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa; \q2 wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ. \q1 \v 6 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; \q2 wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hwa. \q1 \v 7 Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka; \q2 Wɔwɔ nan, nanso wɔnnante. \q1 Wɔntumi mma nnyegyeeɛ bi mfiri wɔn mene mu. \q1 \v 8 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, \q2 saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ. \b \q1 \v 9 Ao Israelfoɔ, momfa mo ho nto \nd Awurade\nd* so, \q2 ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm. \q1 \v 10 Ao Aaron fie, momfa mo ho nto \nd Awurade\nd* so, \q2 ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm. \q1 \v 11 Mo a mosuro no, momfa mo ho nto \nd Awurade\nd* so, \q2 ɔyɛ mo ɔboafoɔ ne kyɛm. \b \q1 \v 12 \nd Awurade\nd* kae yɛn na ɔbɛhyira yɛn: \q2 Ɔbɛhyira Israel fie, \q2 ɔbɛhyira Aaron fie \q1 \v 13 Ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro \nd Awurade\nd*, \q2 nkumaa ne akɛseɛ nyinaa. \b \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* mma wʼase nnɔre, \q2 wo ne wo mma. \q1 \v 15 \nd Awurade\nd* nhyira wo, \q2 ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no. \b \q1 \v 16 Ɔsorosoro yɛ \nd Awurade\nd* dea, \q2 nanso asase deɛ, ɔde ama onipa. \q1 \v 17 Ɛnyɛ awufoɔ na wɔkamfo \nd Awurade\nd*, \q2 wɔn a wɔkɔ fam dinn no rentumi nkamfo \nd Awurade\nd*. \q1 \v 18 Yɛn na yɛma \nd Awurade\nd* so \q2 ɛnnɛ ne daa nyinaa. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 116 \cl Dwom 116 \q1 \v 1 Medɔ \nd Awurade\nd* ɛfiri sɛ, ɔtee me nne. \q2 Ɔtee me mmɔborɔhunu su. \q1 \v 2 Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti, \q2 mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi. \b \q1 \v 3 Owuo nhoma kyekyeree me, \q2 ɛda ho ahometeɛ baa me so, \q2 ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so. \q1 \v 4 Afei mebɔɔ \nd Awurade\nd* din kaa sɛ, \q2 “Ao \nd Awurade\nd*, gye me nkwa!” \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni; \q2 ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban; \q2 ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me. \b \q1 \v 7 Nya abotɔyam bio, Ao me kra, \q2 ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* ne wo adi no yie. \b \q1 \v 8 Na wo, Ao \nd Awurade\nd*, woagye me kra afiri owuo mu; \q2 woamma mʼani amporo nisuo, \q2 na woamma me nan ansunti, \q1 \v 9 sɛ mɛnante \nd Awurade\nd* anim \q2 wɔ ateasefoɔ asase so. \b \q1 \v 10 Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ, \q2 “Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.” \q1 \v 11 Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ, \q2 “Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.” \b \q1 \v 12 Ɛdeɛn na mɛtumi de atua \nd Awurade\nd* ka \q2 wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa? \b \q1 \v 13 Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so \q2 na mabɔ \nd Awurade\nd* din. \q1 \v 14 Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ \nd Awurade\nd* no nyinaa so \q2 wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim. \b \q1 \v 15 Nʼahotefoɔ wuo \q2 yɛ aboɔden wɔ \nd Awurade\nd* ani so. \q1 \v 16 Ao \nd Awurade\nd*, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ; \q2 meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima; \q2 wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu. \b \q1 \v 17 Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo \q2 na mabɔ \nd Awurade\nd* din. \q1 \v 18 Mɛdi me bɔ a mahyɛ \nd Awurade\nd* no so \q2 wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim, \q1 \v 19 wɔ adihɔ a ɛwɔ \nd Awurade\nd* fie \q2 wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 117 \cl Dwom 117 \q1 \v 1 Aman nyinaa, monkamfo \nd Awurade\nd*; \q2 mo nnipa nyinaa, momma ne din so. \q1 \v 2 Nʼadɔeɛ so wɔ yɛn so, \q2 na \nd Awurade\nd* nokorɛ wɔ hɔ daa. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 118 \cl Dwom 118 \q1 \v 1 Monna \nd Awurade\nd* ase ɛfiri sɛ ɔyɛ, \q2 na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 2 Momma Israel nka sɛ, \q2 “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.” \q1 \v 3 Momma Aaron fie nka sɛ, \q2 “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.” \q1 \v 4 Momma wɔn a wɔsuro \nd Awurade\nd* nka sɛ, \q2 “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.” \b \q1 \v 5 Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ \nd Awurade\nd*; \q2 ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* ne me ɔboafoɔ; enti merensuro. \q2 Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me? \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me ɔboafoɔ. \q2 Mede nkonimdie bɛhwɛ mʼatamfoɔ. \b \q1 \v 8 Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta wɔ \nd Awurade\nd* mu \q2 sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa soɔ. \q1 \v 9 Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta \nd Awurade\nd* mu \q2 sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so. \q1 \v 10 Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiaaɛ, \q2 nanso \nd Awurade\nd* din mu metwitwaa wɔn guiɛ. \q1 \v 11 Wɔtwaa me ho hyiaeɛ wɔ baabiara, \q2 nanso \nd Awurade\nd* din mu, metwitwaa wɔn guiɛ. \q1 \v 12 Wɔkyere guu me so sɛ nwowa, \q2 nanso wɔhyee ntɛm so sɛ nkasɛɛ a ogya atɔ mu; \q2 \nd Awurade\nd* din mu metwitwaa wɔn guiɛ. \q1 \v 13 Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, \q2 nanso \nd Awurade\nd* boaa me. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* yɛ mʼahoɔden ne me dwom; \q2 wayɛ me nkwagyeɛ. \b \q1 \v 15 Osebɔ ne nkonimdie \q2 gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ, \q1 “\nd Awurade\nd* nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ! \q2 \v 16 Wɔapagya \nd Awurade\nd* nsa nifa so; \q2 \nd Awurade\nd* nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!” \q1 \v 17 Merenwu, mmom mɛtena ase \q2 na mapae mu aka deɛ \nd Awurade\nd* ayɛ. \q1 \v 18 \nd Awurade\nd* atwe mʼaso denden, \q2 nanso ɔnnyaa me mmaa owuo. \q1 \v 19 Bue tenenee apono ma me; \q2 na mɛhyɛne mu na mede aseda ama \nd Awurade\nd*. \q1 \v 20 \nd Awurade\nd* ɛpono nie; \q2 ɛhɔ na ateneneefoɔ bɛfa ahyɛne mu. \q1 \v 21 Mɛda wo ase ɛfiri sɛ wogyee me so; \q2 na woayɛ me nkwagyeɛ. \b \q1 \v 22 Ɔboɔ a adansifoɔ no poeɛ no, \q2 abɛyɛ tweatiboɔ. \q1 \v 23 \nd Awurade\nd* na ayɛ yei, \q2 na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so. \q1 \v 24 Ɛnnɛ yɛ ɛda a \nd Awurade\nd* ayɛ. \q2 Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie. \b \q1 \v 25 Ao \nd Awurade\nd*, gye yɛn nkwa; \q2 Ao \nd Awurade\nd*, ma yɛn nkɔsoɔ. \b \q1 \v 26 Nhyira ne deɛ ɔnam \nd Awurade\nd* din mu reba. \q2 Yɛhyira wo firi \nd Awurade\nd* fie. \q1 \v 27 \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn, \q2 na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. \q1 Momfa nnua mman nkura na yɛnto afahyɛ santen \q2 nkɔ afɔrebukyia no mmɛn ho. \b \q1 \v 28 Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase; \q2 wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so. \b \q1 \v 29 Monna \nd Awurade\nd* ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ; \q2 na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \c 119 \cl Dwom 119 \s1 \nd Awurade\nd* Mmara \q1 \v 1 Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ \q2 na wɔnante sɛdeɛ \nd Awurade\nd* mmara kyerɛ. \q1 \v 2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ, \q2 na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no. \q1 \v 3 Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara; \q2 na wɔnam nʼakwan so. \q1 \v 4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ \q2 a ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ. \q1 \v 5 Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ tee \q2 sɛdeɛ wo ɔhyɛ nsɛm no teɛ. \q1 \v 6 Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no a \q2 ɛnneɛ, anka mʼanim rengu ase. \q1 \v 7 Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo \q2 ɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no. \q1 \v 8 Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so; \q2 na nnya me korakora. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Ho Setie \q1 \v 9 Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate? \q2 Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so. \q1 \v 10 Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo; \q2 mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho. \q1 \v 11 Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu \q2 sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo. \q1 \v 12 Ao \nd Awurade\nd*, nkamfo wɔ wo; \q2 kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. \q1 \v 13 Mede mʼano ka mmara \q2 a ɛfiri wʼanomu nyinaa. \q1 \v 14 Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so \q2 te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no. \q1 \v 15 Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho \q2 na mehwehwɛ wʼakwan mu. \q1 \v 16 Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho; \q2 na merentoto wʼasɛm ase. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Mu Ahotɔ \q1 \v 17 Yɛ wo ɔsomfoɔ yie; \q2 na matena ase adi wʼasɛm so. \q1 \v 18 Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ a \q2 ɛwɔ wo mmara no mu. \q1 \v 19 Meyɛ ɔnanani wɔ asase so; \q2 mfa wo mmaransɛm no nhinta me. \q1 \v 20 Me kra tɔ baha ɛberɛ biara \q2 wɔ wo mmara ho anigyina enti. \q1 \v 21 Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn, \q2 na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no. \q1 \v 22 Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu, \q2 ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so. \q1 \v 23 Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro, \q2 nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho. \q1 \v 24 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ \q2 na ɛyɛ me fotufoɔ. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Sodie Ho Bɔhyɛ \q1 \v 25 Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu. \q2 Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. \q1 \v 26 Mesesee mʼakwan na wogyee me so; \q2 kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. \q1 \v 27 Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase; \q2 na mɛdwendwene wʼanwanwadeɛ ho. \q1 \v 28 Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha; \q2 hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ. \q1 \v 29 Yi me firi nnaadaa akwan so; \q2 na fa wo mmara so dom me. \q1 \v 30 Mafa nokorɛ kwan no so; \q2 mede mʼakoma adi wo mmara akyi. \q1 \v 31 Ao \nd Awurade\nd*, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu denden \q2 mma mʼanim ngu ase. \q1 \v 32 Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so, \q2 ɛfiri sɛ wama mʼakoma atɔ me yam. \s1 Nteaseɛ Ho Mpaeɛbɔ \q1 \v 33 Kyerɛkyerɛ me, Ao \nd Awurade\nd*, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so, \q2 na mɛdi so akɔsi awieeɛ. \q1 \v 34 Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so, \q2 na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so. \q1 \v 35 Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no \q2 na ɛhɔ na menya anigyeɛ. \q1 \v 36 Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho \q2 na ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho. \q1 \v 37 Yi mʼani firi nneɛma hunu so; \q2 na kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm teɛ. \q1 \v 38 Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so, \q2 na wasuro wo. \q1 \v 39 Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ, \q2 ɛfiri sɛ wo mmara yɛ papa. \q1 \v 40 Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no! \q2 Kyɛe me nkwa so wɔ wo tenenee mu. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Ho Ahotosoɔ \q1 \v 41 Ao \nd Awurade\nd*, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so, \q2 wo nkwagyeɛ no sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. \q1 \v 42 Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no, \q2 ɛfiri sɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotosoɔ. \q1 \v 43 Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom, \q2 ɛfiri sɛ mʼanidasoɔ wɔ wo mmara mu. \q1 \v 44 Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biara \q2 akɔsi daa apem. \q1 \v 45 Mede ahofadie bɛnante \q2 ɛfiri sɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ. \q1 \v 46 Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo anim \q2 na mʼanim rengu ase, \q1 \v 47 ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho \q2 na medɔ no. \q1 \v 48 Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no, \q2 na medwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara No Mu Ahotosoɔ \q1 \v 49 Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ, \q2 ɛfiri sɛ woama me anidasoɔ. \q1 \v 50 Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: \q2 Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so. \q1 \v 51 Ahantanfoɔ bu me animtia bebree, \q2 nanso mennane mfiri wo mmara ho. \q1 \v 52 Ao \nd Awurade\nd* mekae wo tete mmara no, \q2 na menya awerɛkyekyerɛ wɔ mu. \q1 \v 53 Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ \q2 a wɔapo wo mmara enti. \q1 \v 54 Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban \q2 wɔ baabiara a mesoɛ. \q1 \v 55 Ao \nd Awurade\nd*, anadwo mekae wo din, \q2 na mɛdi wo mmara so. \q1 \v 56 Yei ne adeɛ a meyɛ da biara, \q2 medi wo nkyerɛkyerɛ so. \s1 Ahofama Wɔ \nd Awurade\nd* Mmara So Die Mu \q1 \v 57 Ao \nd Awurade\nd*, wone me kyɛfa; \q2 mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so. \q1 \v 58 Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo; \q2 hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. \q1 \v 59 Madwene mʼakwan ho \q2 na madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ. \q1 \v 60 Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn \q2 sɛ mɛdi wo mmaransɛm soɔ. \q1 \v 61 Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere me \q2 nanso me werɛ remfiri wo mmara. \q1 \v 62 Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo \q2 wo mmara a ɛtene enti. \q1 \v 63 Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo, \q2 wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa. \q1 \v 64 Ao \nd Awurade\nd*, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma; \q2 kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara So Die Ho Mfasoɔ \q1 \v 65 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yie \q2 sɛdeɛ wʼasɛm teɛ, Ao \nd Awurade\nd*. \q1 \v 66 Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa, \q2 ɛfiri sɛ megye wo mmaransɛm no di. \q1 \v 67 Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan, \q2 na seesei deɛ, medi wʼasɛm so. \q1 \v 68 Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ; \q2 kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. \q1 \v 69 Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho, \q2 nanso mede mʼakoma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so. \q1 \v 70 Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema, \q2 nanso mʼani gye wo mmara ho. \q1 \v 71 Ɛyɛ sɛ mehunuu amane \q2 sɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm. \q1 \v 72 Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me \q2 sene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem. \s1 Nokorɛ A Ɛwɔ \nd Awurade\nd* Mmara Mu \q1 \v 73 Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me; \q2 ma me nteaseɛ a mede bɛsua wo mmaransɛm. \q1 \v 74 Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye, \q2 ɛfiri sɛ mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. \q1 \v 75 Ao \nd Awurade\nd*, menim sɛ wo mmara tene, \q2 na nokorɛdie mu na woatwe mʼaso. \q1 \v 76 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛ \q2 sɛdeɛ ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no teɛ. \q1 \v 77 Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa, \q2 ɛfiri sɛ mʼani ka wo mmara ho. \q1 \v 78 Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me, \q2 nanso, mɛdwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho. \q1 \v 79 Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn, \q2 wɔn a wɔte wo mmara ase no. \q1 \v 80 Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho, \q2 na mʼanim angu ase. \s1 Ɔgyeɛ Mpaeɛbɔ \q1 \v 81 Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha, \q2 nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. \q1 \v 82 Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; \q2 meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?” \q1 \v 83 Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ, \q2 nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm. \q1 \v 84 Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn? \q2 Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso? \q1 \v 85 Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie, \q2 a ɛne wo mmara bɔ abira. \q1 \v 86 Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ; \q2 boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa. \q1 \v 87 Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so, \q2 nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die. \q1 \v 88 Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ, \q2 na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Mu Gyidie \q1 \v 89 Ao \nd Awurade\nd*, wʼasɛm no tim hɔ daa; \q2 ɛgyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro. \q1 \v 90 Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; \q2 wode asase sii hɔ, na ɛtim hɔ. \q1 \v 91 Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ, \q2 na nneɛma nyinaa som wo. \q1 \v 92 Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a, \q2 anka mʼamanehunu akum me. \q1 \v 93 Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no, \q2 ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so. \q1 \v 94 Gye me nkwa, na meyɛ wo dea; \q2 na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no. \q1 \v 95 Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, \q2 nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho. \q1 \v 96 Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem; \q2 nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Ho Ɔdɔ \q1 \v 97 Ao medɔ wo mmara no! \q2 Medwendwene ho ɛda mu nyinaa. \q1 \v 98 Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ, \q2 ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa. \q1 \v 99 Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, \q2 ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho. \q1 \v 100 Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ, \q2 ɛfiri sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so. \q1 \v 101 Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara so \q2 sɛdeɛ mɛtumi ayɛ ɔsetie ama wʼasɛm. \q1 \v 102 Memmane memfirii wo mmara ho, \q2 ɛfiri sɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me. \q1 \v 103 Wo nsɛm yɛ me dɛ, \q2 ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ wɔ mʼanom. \q1 \v 104 Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu; \q2 enti mekyiri ɛkwan bɔne biara. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Yɛ Kanea \q1 \v 105 Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea \q2 ne mʼakwan so hann. \q1 \v 106 Maka ntam ahyɛ mu kena sɛ \q2 mɛdi wo tenenee mmara no so. \q1 \v 107 Mahunu amane bebree; \q2 kyɛe me nkwa so, Ao \nd Awurade\nd*, sɛdeɛ wʼasɛm teɛ. \q1 \v 108 Ao \nd Awurade\nd*, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu, \q2 na kyerɛkyerɛ me wo mmara. \q1 \v 109 Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase, \q2 nanso me werɛ remfiri wo mmara. \q1 \v 110 Amumuyɛfoɔ asum me afidie \q2 nanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho. \q1 \v 111 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ; \q2 ɛma mʼakoma ani gye. \q1 \v 112 Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so \q2 akɔsi awieeɛ. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Mu Banbɔ \q1 \v 113 Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, \q2 na medɔ wo mmara. \q1 \v 114 Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm; \q2 mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. \q1 \v 115 Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ, \q2 na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so! \q1 \v 116 Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu; \q2 mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa. \q1 \v 117 Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ; \q2 na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no. \q1 \v 118 Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa, \q2 na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa. \q1 \v 119 Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben; \q2 enti medɔ wʼahyɛdeɛ. \q1 \v 120 Wo ho suro ma me ho popo; \q2 wo mmara abɔ me hu. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara No Setie \q1 \v 121 Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ. \q2 Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ! \q1 \v 122 Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie; \q2 mma ahantanfoɔ nhyɛ me so. \q1 \v 123 Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu, \q2 ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛtene no. \q1 \v 124 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ \q2 na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. \q1 \v 125 Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumu \q2 na mate wʼahyɛdeɛ ase. \q1 \v 126 Ao \nd Awurade\nd*, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi; \q2 wɔrebu wo mmara so. \q1 \v 127 Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm \q2 sene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa, \q1 \v 128 na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ enti \q2 mekyiri ɛkwan bɔne biara. \s1 Pere Sɛ Wobɛdi \nd Awurade\nd* Mmara So \q1 \v 129 Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa; \q2 enti medi so. \q1 \v 130 Wo nsɛm ase teɛ ma hann; \q2 na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ. \q1 \v 131 Mebue mʼanom na megu ahome, \q2 na mʼani gyina wo mmaransɛm. \q1 \v 132 Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ \q2 sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no. \q1 \v 133 Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. \q2 Mma bɔne biara nni me so. \q1 \v 134 Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu, \q2 na madi wo nkyerɛkyerɛ so. \q1 \v 135 Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so \q2 na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. \q1 \v 136 Nisuo adware me sɛ asutene \q2 ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Yɛ Pɛ \q1 \v 137 Ɔteneneeni ne wo, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 na wo mmara nso yɛ pɛ. \q1 \v 138 Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene; \q2 ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara. \q1 \v 139 Abufuo ahyɛ me ma, \q2 ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no. \q1 \v 140 Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara, \q2 na wo ɔsomfoɔ dɔ wɔn. \q1 \v 141 Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ, \q2 nanso me werɛ mfiri wo nkyerɛkyerɛ. \q1 \v 142 Wo tenenee wɔ hɔ daa \q2 na wo mmara no yɛ nokorɛ. \q1 \v 143 Ɔhaw ne ahohiahia aduru me, \q2 nanso wo mmaransɛm ma me ahosɛpɛ. \q1 \v 144 Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa; \q2 ma me nteaseɛ na manya nkwa. \s1 Ɔgyeɛ Mpaeɛbɔ \q1 \v 145 Ao \nd Awurade\nd*, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so, \q2 na mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm no so. \q1 \v 146 Mesu mefrɛ wo, gye me nkwa \q2 na medi wʼahyɛdeɛ so. \q1 \v 147 Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa; \q2 mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu. \q1 \v 148 Mʼani gu so anadwo nyinaa, \q2 na mɛdwendwene wo bɔhyɛ ho. \q1 \v 149 Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ; \q2 Ao \nd Awurade\nd*, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ. \q1 \v 150 Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn, \q2 nanso wɔne wo mmara ntam ware. \q1 \v 151 Ao \nd Awurade\nd*, wo deɛ, wobɛn me, \q2 na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ. \q1 \v 152 Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ \q2 a wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no. \s1 Mmoa Ho Mpaeɛbɔ \q1 \v 153 Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa \q2 ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no. \q1 \v 154 Di mʼasɛm ma me na gye me. \q2 Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. \q1 \v 155 Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware, \q2 ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no. \q1 \v 156 Ao \nd Awurade\nd*, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ; \q2 kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara no teɛ. \q1 \v 157 Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso, \q2 nanso memmane memfirii wo nhyehyɛeɛ ho. \q1 \v 158 Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu, \q2 ɛfiri sɛ wɔnni wʼasɛm so. \q1 \v 159 Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; \q2 Ao \nd Awurade\nd*, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ. \q1 \v 160 Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ; \q2 na wo mmara a ɛtene no to rentwa da. \s1 Nya Ahofama Ma \nd Awurade\nd* Mmara \q1 \v 161 Sodifoɔ taataa me kwa, \q2 nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na mesuro. \q1 \v 162 Mʼani gye wo bɔhyɛ ho \q2 te sɛ obi a wanya asadeɛ kɛseɛ. \q1 \v 163 Mekyiri nkontompo \q2 na medɔ wo mmara. \q1 \v 164 Mekamfo wo mprɛnson da biara \q2 wo mmara a ɛtene no enti. \q1 \v 165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso, \q2 na biribiara rentumi mma wɔnsunti. \q1 \v 166 Ao \nd Awurade\nd*, metwɛn wo nkwagyeɛ, \q2 na medi wo mmaransɛm so. \q1 \v 167 Medi wʼahyɛdeɛ so \q2 na medɔ no yie. \q1 \v 168 Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so, \q2 na wonim mʼakwan nyinaa. \s1 Mmoa Ho Mpaeɛbɔ \q1 \v 169 Ao \nd Awurade\nd*, ma me sufrɛ nnuru wʼanim; \q2 ma me nteaseɛ sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. \q1 \v 170 Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim; \q2 na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. \q1 \v 171 Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; \q2 ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. \q1 \v 172 Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, \q2 ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene. \q1 \v 173 Yɛ ahoboa bɛboa me, \q2 ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu. \q1 \v 174 Ao \nd Awurade\nd*, mʼani agyina wo nkwagyeɛ, \q2 na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ. \q1 \v 175 Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo, \q2 na wo mmara nso awowa me. \q1 \v 176 Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera. \q2 Hwehwɛ wo ɔsomfoɔ, \q2 ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmaransɛm no. \c 120 \cl Dwom 120 \d Ɔsoroforɔ dwom. \q1 \v 1 Mesu frɛ \nd Awurade\nd* wɔ mʼahohiahia mu, \q2 na ɔgye me so. \q1 \v 2 Ao \nd Awurade\nd*, gye me firi atorɔ ano \q2 ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. \b \q1 \v 3 Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo, \q2 na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma? \q1 \v 4 Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam \q2 ne gyasramma bɛtwe wʼaso. \b \q1 \v 5 Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek, \q2 na mete Kedar ntomadan mu! \q1 \v 6 Matena ase akyɛre dodo \q2 wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu. \q1 \v 7 Meyɛ asomdwoeɛ onipa; \q2 nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn. \c 121 \cl Dwom 121 \d Ɔsoroforɔ dwom. \q1 \v 1 Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no, \q2 ɛhe na me mmoa firi bɛba? \q1 \v 2 Me mmoa firi \nd Awurade\nd*, \q2 ɔsoro ne asase yɛfoɔ no. \b \q1 \v 3 Ɔremma wo nan nwatiri, \q2 deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko. \q1 \v 4 Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no \q2 rentɔ nko na ɔrenna. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* hwɛ wo so; \q2 \nd Awurade\nd* ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so; \q1 \v 6 Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu, \q2 na ɔsrane nso renha wo anadwo. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho, \q2 ɔbɛhwɛ wo nkwa so; \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so, \q2 seesei ne daa. \c 122 \cl Dwom 122 \d Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. \q1 \v 1 Ɛberɛ a wɔsee me sɛ, \q2 “Ma yɛnkɔ \nd Awurade\nd* fie” no, mʼani gyeeɛ. \q1 \v 2 Yɛgyinagyina wʼapono ano, \q2 Ao Yerusalem. \b \q1 \v 3 Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn. \q2 Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ. \q1 \v 4 Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ, \q2 \nd Awurade\nd* mmusuakuo no. \q1 Wɔkɔkamfo \nd Awurade\nd* din \q2 sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ. \q1 \v 5 Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi, \q2 Dawid fie nhennwa no. \b \q1 \v 6 Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ, \q2 “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ. \q1 \v 7 Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu \q2 na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.” \q1 \v 8 Me nuanom ne me nnamfonom enti, \q2 meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.” \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* yɛn Onyankopɔn fie enti, \q2 mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ. \c 123 \cl Dwom 123 \d Ɔsoroforɔ dwom. \q1 \v 1 Mema mʼani so kyerɛ wo, \q2 wo a wʼahennwa si ɔsoro. \q1 \v 2 Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, \q2 sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no, \q1 saa ara na yɛn ani hwɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Onyankopɔn \q2 kɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ. \b \q1 \v 3 Hu yɛn mmɔbɔ, Ao \nd Awurade\nd*, hunu yɛn mmɔbɔ, \q2 na wɔabu yɛn animtia bebree. \q1 \v 4 Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo; \q2 ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn. \c 124 \cl Dwom 124 \d Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. \q1 \v 1 Sɛ anka \nd Awurade\nd* nni yɛn afa a, \q2 ma Israel nka. \q1 \v 2 Sɛ anka \nd Awurade\nd* nni yɛn afa \q2 ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so, \q1 \v 3 ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, \q2 anka wɔmenee yɛn anikann; \q1 \v 4 anka nsuyire no bu faa yɛn so, \q2 anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ, \q1 \v 5 anka nsuo a ano yɛ den no \q2 afa yɛn kɔ. \b \q1 \v 6 Nkamfoɔ nka \nd Awurade\nd* a \q2 wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu. \q1 \v 7 Yɛadwane sɛ anomaa \q2 afiri afirisumfoɔ afidie mu; \q1 afidie no mu abubu, \q2 ama yɛanya ɛkwan adwane. \q1 \v 8 Yɛn mmoa wɔ \nd Awurade\nd* din mu, \q2 ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no. \c 125 \cl Dwom 125 \d Ɔsoroforɔ dwom. \q1 \v 1 Wɔn a wɔde wɔn ho to \nd Awurade\nd* so no te sɛ Bepɔ Sion, \q2 a ɛnwosoɔ na ɛtim hɔ daa. \q1 \v 2 Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no, \q2 saa ara na \nd Awurade\nd* atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia \q2 seesei ne daa. \b \q1 \v 3 Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a \q2 wɔde ama teneneefoɔ so. \q1 Sɛ ɛba saa a, teneneefoɔ \q2 nam wɔn so bɛyɛ bɔne. \b \q1 \v 4 Ao \nd Awurade\nd*, wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, \q2 wɔn a wɔtene wɔ akoma mu no, yɛ wɔn papa. \q1 \v 5 Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ, \q2 \nd Awurade\nd* bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ. \b \q1 Asomdwoeɛ nka Israel. \c 126 \cl Dwom 126 \d Ɔsoroforɔ dwom. \q1 \v 1 Ɛberɛ a \nd Awurade\nd* de Sion firi nnommum sane baeɛ no, \q2 yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ. \q1 \v 2 Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, \q2 anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. \q1 Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ, \q2 “\nd Awurade\nd* ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.” \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn \q2 na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma. \b \q1 \v 4 Ao \nd Awurade\nd*, sane fa yɛn ahonya ma yɛn, \q2 te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no. \q1 \v 5 Wɔn a wɔdua no nisuo mu no \q2 de anigyeɛ nnwom bɛtwa. \q1 \v 6 Deɛ ɔde osu firi adie \q2 na ɔsoa aba kɔdua no, \q1 ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba \q2 a ɔso nnɔbaeɛ afiafi. \c 127 \cl Dwom 127 \d Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ. \q1 \v 1 Sɛ \nd Awurade\nd* ansi ɛdan no a, \q2 adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa. \q1 Sɛ \nd Awurade\nd* ammɔ kuropɔn no ho ban a, \q2 awɛmfoɔ no wɛn kwa. \q1 \v 2 Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema \q2 na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo, \q1 ansa na woanya wʼano aduane. \q2 Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda. \b \q1 \v 3 Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri \nd Awurade\nd* hɔ, \q2 na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ. \q1 \v 4 Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no \q2 te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam. \q1 \v 5 Nhyira ne onipa a \q2 nʼagyan kotokuo ayɛ ma. \q1 Wɔn anim rengu ase \q2 ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano. \c 128 \cl Dwom 128 \d Ɔsorokorɔ dwom. \q1 \v 1 Nhyira ne wɔn a wɔsuro \nd Awurade\nd*, \q2 na wɔnante nʼakwan so. \q1 \v 2 Wobɛdi wʼadwuma so aba; \q2 nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea. \q1 \v 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba \q2 wɔ wo fie; \q1 na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri \q2 atwa wo ɛpono ho ahyia. \q1 \v 4 Yei ne onipa a wɔahyira noɔ, \q2 deɛ ɔsuro \nd Awurade\nd* no. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* nhyira wo mfiri Sion \q2 wo nkwa nna nyinaa; \q2 na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ, \q1 \v 6 na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma. \q2 Asomdwoeɛ nka Israel. \c 129 \cl Dwom 129 \d Ɔsoroforɔ dwom. \q1 \v 1 “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, \q2 ma Israel nka. \b \q1 \v 2 “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, \q2 nanso wɔntumi nnii me so nkonim. \q1 \v 3 Fentemfoɔ afentem mʼakyi \q2 ayɛ wɔn nkofie atentene. \q1 \v 4 Nanso \nd Awurade\nd* yɛ ɔteneneeni; \q2 Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.” \b \q1 \v 5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa \q2 mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. \q1 \v 6 Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi, \q1 ɛnnyini na ahye; \q1 \v 7 Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam, \q2 na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so. \q1 \v 8 Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ, \q2 “\nd Awurade\nd* nhyira mmra mo so; \q2 yɛhyira mo wɔ \nd Awurade\nd* din mu.” \c 130 \cl Dwom 130 \d Ɔsorokorɔ dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, mefiri ebunu mu resu frɛ wo; \q2 \v 2 Ao \nd Awurade\nd* tie me nne. \q1 Wɛn wʼaso \q2 ma me nkotosrɛ. \b \q1 \v 3 Ao \nd Awurade\nd*, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a, \q2 anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano? \q1 \v 4 Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ; \q2 ɛno enti wɔsuro wo. \b \q1 \v 5 Metwɛn \nd Awurade\nd*, me kra twɛn, \q2 na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ. \q1 \v 6 Me kra twɛne \nd Awurade\nd* \q2 sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ, \q2 sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ. \b \q1 \v 7 Ao Israel, ma wʼani nna \nd Awurade\nd* so, \q2 ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa \q2 na ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu. \q1 \v 8 Ɔno ankasa bɛgye Israel \q2 afiri wɔn bɔne nyinaa mu. \c 131 \cl Dwom 131 \d Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, ahomasoɔ nni mʼakoma mu, \q2 na mʼani ntraa ntɔn; \q1 memma nsɛm akɛseɛ nha me \q2 anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me. \q1 \v 2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam \q2 te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no, \q1 te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no, \q2 saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu. \b \q1 \v 3 Ao Israel, ma wʼani nna \nd Awurade\nd* so, \q2 seesei ne daa nyinaa. \c 132 \cl Dwom 132 \d Ɔsoroforɔ dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd* kae Dawid \q2 ne ɔhaw ahodoɔ a ɔgyinaa ano no. \b \q1 \v 2 Ɔkaa \nd Awurade\nd* ntam \q2 na ɔhyɛɛ Yakob Otumfoɔ no bɔ sɛ, \q1 \v 3 “Merenhyɛne me fie \q2 na merenkɔda me mpa so, \q1 \v 4 meremma nna mfa me \q2 na meremma mʼani nkum, \q1 \v 5 kɔsi sɛ menya baabi ama \nd Awurade\nd*, \q2 baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena.” \b \q1 \v 6 Yɛtee wɔ Efrata, \q2 yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuo so. \q1 \v 7 “Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ; \q2 momma yɛnsom wɔ ne nan ntiasoɔ hɔ. \q1 \v 8 ‘Ao \nd Awurade\nd*, sɔre bra wʼahomegyebea, \q2 wo ne wo tumi Adaka no. \q1 \v 9 Ma tenenee nyɛ sɛ ntadeɛ mma wʼasɔfoɔ; \q2 ma wʼahotefoɔ nto ahurisie dwom.’ ” \b \q1 \v 10 Wo ɔsomfoɔ Dawid enti, \q2 nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so. \b \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* kaa ntam kyerɛɛ Dawid, \q2 nokorɛ ntam a ɔrentwe nsane sɛ, \q1 “Wʼasefoɔ no mu baako \q2 na mede no bɛtena wʼahennwa so. \q1 \v 12 Sɛ wo mmammarima di mʼapam so \q2 na wɔtie me nkyerɛkyerɛ a, \q1 ɛnneɛ wɔn mmammarima bɛtena \q2 wʼahennwa so afebɔɔ.” \b \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* ayi Sion, \q1 ɔde hɔ ayɛ nʼatenaeɛ: \q1 \v 14 “Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa; \q2 ɛha na mɛtena adi ɔhene, ɛfiri sɛ ɛha na mepɛ, \q1 \v 15 mede nneɛma pa bebree bɛhyira no \q2 na mama nʼahiafoɔ adidi amee. \q1 \v 16 Mede nkwagyeɛ bɛfira nʼasɔfoɔ \q2 na nʼahotefoɔ ato ahurisie dwom daa. \b \q1 \v 17 “Mɛma ɔberempɔn bi apue wɔ Dawid ahennie mu \q2 na mede kanea asi hɔ ama deɛ masra no ngo no. \q1 \v 18 Mede aniwuo bɛfira nʼatamfoɔ, \q2 nanso nʼahenkyɛ bɛhyerɛn wɔ ne tiri so.” \c 133 \cl Dwom 133 \d Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. \q1 \v 1 Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ \q2 sɛ anuanom bom tena faako! \b \q1 \v 2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, \q2 na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu, \q1 ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu, \q2 ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so. \q1 \v 3 Ɛte sɛ Hermon bosuo a \q2 ɛtɔ gu Bepɔ Sion so. \q1 Ɛhɔ na \nd Awurade\nd* ahyɛ ne nhyira, \q2 nkwa a ɛtoɔ ntwa da no. \c 134 \cl Dwom 134 \d Ɔsoroforɔ dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* asomfoɔ nyinaa, monkamfo \nd Awurade\nd*, \q2 mo a mosom wɔ \nd Awurade\nd* fie anadwo nyinaa. \q1 \v 2 Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ \q2 na monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* a ɔbɔɔ soro ne asase no, \q2 mfiri Sion nhyira mo. \c 135 \cl Dwom 135 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd* din; \q2 monkamfo no, mo \nd Awurade\nd* asomfoɔ, \q1 \v 2 mo a mosom wɔ \nd Awurade\nd* fie, \q2 wɔ adihɔ a ɛwɔ yɛn Onyankopɔn fie. \b \q1 \v 3 Monkamfo \nd Awurade\nd* ɛfiri sɛ ɔyɛ; \q2 monto ayɛyie dwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ. \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne deɛ, \q2 wayi Israel sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo. \b \q1 \v 5 Menim sɛ \nd Awurade\nd* so; \q2 Ɔso sene anyame nyinaa. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* yɛ deɛ ɔpɛ biara, \q2 wɔ ɔsoro ne asase so, \q2 ɛpo ne emu abunu nyinaa. \q1 \v 7 Ɔma omununkum ma ne ho so firi asase ano ba; \q2 ɔsoma anyinam ka osutɔ ho \q2 na ɔma ahum tu firi nʼakoradan mu. \b \q1 \v 8 Ɔkumm Misraim mmakan, \q2 nnipa ne mmoa mmakan. \q1 \v 9 Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadeɛ baa mo mfimfini, Ao Misraim, \q2 de tiaa Farao ne nʼasomfoɔ nyinaa. \q1 \v 10 Ɔsɛee amanaman pii \q2 na ɔkunkumm ahemfo akɛseɛ, \q1 \v 11 Amorifoɔ ɔhene, Sihon \q2 Basan ɔhene, Og \q2 ne Kanaan ahemfo nyinaa, \q1 \v 12 na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ; \q2 ɔde maa ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ. \b \q1 \v 13 Ao \nd Awurade\nd*, wo din wɔ hɔ daa. \q2 Ao \nd Awurade\nd* wo din ahyeta awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* bɛdi ama ne nkurɔfoɔ \q1 na ɔbɛhunu nʼasomfoɔ mmɔbɔ. \b \q1 \v 15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ \q2 a wɔde onipa nsa na ayɛ. \q1 \v 16 Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa, \q2 wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ; \q1 \v 17 wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, \q2 na ahomeɛ nso nni wɔn anom. \q1 \v 18 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, \q2 saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ. \b \q1 \v 19 Monkamfo \nd Awurade\nd*, Ao Israel fiefoɔ; \q2 monkamfo \nd Awurade\nd*, Ao Aaron fiefoɔ; \q1 \v 20 monkamfo \nd Awurade\nd*, Ao Lewi fiefoɔ; \q2 monkamfo \nd Awurade\nd*, mo a mosuro no. \q1 \v 21 Momfiri Sion nkamfo \nd Awurade\nd*, \q2 monkamfo deɛ ɔte Yerusalem no. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 136 \cl Dwom 136 \q1 \v 1 Monna \nd Awurade\nd* ase na ɔyɛ. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 2 Monna anyame mu Onyankopɔn ase. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 3 Monna awuranom mu Awurade no ase. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 4 Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ akɛseɛ. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 5 Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 6 Ɔno na ɔtrɛɛ asase mu de kataa nsuo so. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 7 Ɔno na ɔbɔɔ nkanea akɛseɛ no. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 8 Ɔbɔɔ owia sɛ ɛnni adekyeeɛ so. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 9 Ɔbɔɔ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnni adesaeɛ so no. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 10 Ɔno na ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan, \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 11 na ɔyii Israelfoɔ firii wɔn mu no. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 12 Ɔde nsa kɛseɛ ne basa a watene mu. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 13 Ɔno na ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no, \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 14 na ɔde Israelfoɔ faa mfimfini no. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 15 Nanso, ɔpraa Farao ne nʼasraafoɔ guu Ɛpo Kɔkɔɔ mu no. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 16 Ɔno na ɔdii ne nkurɔfoɔ anim wɔ ɛserɛ no so. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 17 Ɔno na ɔkumm ahemfo akɛseɛ no, \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 18 na ɔkumm ahemfo akunini no. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 19 Ɔkumm Amorifoɔ ɔhene, Sihon, \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 20 ne Basanhene, Og. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 21 Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 22 Ɔde maa ne ɔsomfoɔ Israel sɛ agyapadeɛ. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 23 Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛyɛ mu. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 24 Na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \q1 \v 25 Ɔno na ɔma abɔdeɛ biara aduane. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 26 Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase. \qr Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. \c 137 \cl Dwom 137 \q1 \v 1 Babilonia nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtena suiɛ \q2 ɛberɛ a yɛkaee Sion no. \q1 \v 2 Ɛhɔ nsukakye nnua so \q2 na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ, \q1 \v 3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom, \q2 yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom; \q2 wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!” \b \q1 \v 4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato \nd Awurade\nd* nnwom \q2 ɛberɛ a yɛwɔ ananafoɔ asase so? \q1 \v 5 Ao Yerusalem, sɛ mewerɛ firi wo a \q2 ma me nsa nifa werɛ mfiri sankubɔ. \q1 \v 6 Sɛ mankae wo sɛ mʼanigyedeɛ kɛseɛ pa ara a, \q2 ma me tɛkrɛma nka mfam mʼanomu. \b \q1 \v 7 Ao \nd Awurade\nd*, kae deɛ Edomfoɔ yɛeɛ \q2 wɔ ɛda a Yerusalem hwee ase no. \q1 Wɔteam sɛ, “Monnwiri, \q2 monnwiri ngu fam nkɔka nʼafapem!” \q1 \v 8 Ao Babilonia babaa a wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe wo, \q2 nhyira nka deɛ ɔtua wo ka \q2 wɔ deɛ wode ayɛ yɛn so. \q1 \v 9 Nhyira nka deɛ ɔkyekyee wo nkokoaa \q2 de wɔn bobɔɔ abotan so. \c 138 \cl Dwom 138 \d Dawid deɛ. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ; \q2 mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim. \q1 \v 2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo \q2 na makamfo wo din \q2 wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti \q1 ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no \q2 asene nneɛma nyinaa. \q1 \v 3 Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so; \q2 womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ. \b \q1 \v 4 Ao \nd Awurade\nd*, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a \q2 ma wɔn nkamfo wo. \q1 \v 5 Ma wɔnto \nd Awurade\nd* akwan ho nnwom, \q2 na \nd Awurade\nd* animuonyam yɛ kɛseɛ. \b \q1 \v 6 Ɛwom sɛ \nd Awurade\nd* wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ, \q2 na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri. \q1 \v 7 Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ, \q2 nanso wobɔ me nkwa ho ban; \q1 wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so, \q2 na wode wo nsa nifa gye me nkwa. \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu; \q2 Ao \nd Awurade\nd*, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa, \q2 nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 139 \cl Dwom 139 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, woahwehwɛ me mu \q2 na woahunu me. \q1 \v 2 Wonim mʼasetena ne me sɔreɛ; \q2 wofiri akyirikyiri hunu mʼadwene mu. \q1 \v 3 Wonim mʼadifirie ne me nnaeɛ; \q2 wonim mʼakwan nyinaa. \q1 \v 4 Ansa na mɛbue mʼano akasa no \q2 Ao \nd Awurade\nd*, na wonim ne nyinaa dada. \q1 \v 5 Woatwa me ho nyinaa ahyia \q2 na wobɔ me ho ban. \q1 \v 6 Saa nimdeɛ yi boro me nteaseɛ so, \q2 ɛyɛ me nwanwa dodo. \b \q1 \v 7 Ɛhe na mɛtumi afiri wo honhom anim akorɔ? \q2 Ɛhe na mɛtumi adwane afiri wʼanim akorɔ? \q1 \v 8 Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. \q2 Na mekɔsɛ me kɛtɛ wɔ asaman a, wo nie. \q1 \v 9 Sɛ mede adekyeeɛ ntaban tu \q2 na mekɔtena ɛpo akyi nohoa a, \q1 \v 10 mpo ɛhɔ na wo nsa bɛgya me akɔ, \q2 na wo nsa nifa bɛsɔ me mu. \q1 \v 11 Na meka sɛ, “Ampa ara esum mmɛkata me so \q2 na hann nnane adesaeɛ ntwa me ho nhyia a,” \q1 \v 12 esum mpo nnyɛ sum mma wo; \q2 na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia; \q2 esum ne hann yɛ wo pɛ. \b \q1 \v 13 Na wo na wobɔɔ me honhom \q2 wonwonoo me wɔ me maame awotwaa mu. \q1 \v 14 Mekamfo wo, ɛfiri sɛ woyɛɛ me anwanwakwan so a ɛyɛ hu. \q2 Wo nnwuma yɛ nwanwa. \q2 Menim ɛno yie pa ara. \q1 \v 15 Wɔamfa me bɔberɛ anhinta wo \q2 ɛberɛ a wɔyɛɛ me kɔkoam no; \q1 ɛberɛ a wɔnwonoo me asase yam no, \q2 \v 16 wʼani hunuu me ɛberɛ a meyɛ mogya toa no. \q1 Nna dodoɔ a woatwa ama me no, \q2 wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ wo nwoma mu \q2 ansa na emu baako reba mu. \q1 \v 17 Ao Onyankopɔn, wo nsusuiɛ som bo ma me! \q2 Woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛso dodo! \q1 \v 18 Sɛ mese mɛkan a, \q2 ne dodoɔ bɛboro mpoano anwea, \q1 sɛ menyane a, \q2 me ne wo wɔ hɔ ara. \b \q1 \v 19 Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a! \q1 Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ! \q1 \v 20 Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm; \q2 wʼatamfoɔ mmɔ wo din pa. \q1 \v 21 Ao \nd Awurade\nd*, metane wɔn a wɔtane wo, \q2 na mekyiri wɔn a wɔsɔre tia woɔ. \q1 \v 22 Menni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn; \q2 mefa wɔn sɛ mʼatamfoɔ. \q1 \v 23 Hwehwɛ me mu, Ao Onyankopɔn, na hunu mʼakoma; \q2 sɔ me hwɛ na hunu mʼadwene. \q1 \v 24 Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a, \q2 na fa me fa ɛkwan a ɛkɔ daa nkwa so. \d Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. \c 140 \cl Dwom 140 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd* gye me firi nnipa bɔne nsam; \q2 bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ nsam, \q1 \v 2 wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma mu \q2 na wɔhwanyane ɔko mu da biara. \q1 \v 3 Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ; \q2 ananka borɔ wɔ wɔn ano. \b \q1 \v 4 Ao \nd Awurade\nd*, yi me firi amumuyɛfoɔ nsam; \q2 bɔ me ho ban firi basabasayɛfoɔ a \q2 wɔdwene sɛ wɔbɛtwintwan mʼanan mu. \q1 \v 5 Ahantanfoɔ asum me afidie; \q2 wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu, \q2 wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so. \b \q1 \v 6 Ao \nd Awurade\nd*, meka kyerɛ wo sɛ, “Wone me Onyankopɔn.” \q2 Ao \nd Awurade\nd*, tie me mmɔborɔ su. \q1 \v 7 Ao Otumfoɔ \nd Awurade\nd*, me gyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ a \q2 wobɔ me tiri ban ɔko da, \q1 \v 8 nyɛ amumuyɛfoɔ abisadeɛ mma wɔn, Ao \nd Awurade\nd*; \q2 mma wɔn nhyehyɛeɛ nyɛ yie. \b \q1 \v 9 Wɔatwa me ho ahyia, \q2 nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn. \q1 \v 10 Ma nnyasrama ngu wɔn so; \q2 ma wɔnto wɔn ngu ogya mu, \q2 ngu atɛkyɛ amena mu a wɔrensɔre bio. \q1 \v 11 Mma dinsɛefoɔ ntim asase no so; \q2 ma amanehunu ntaataa basabasayɛfoɔ. \b \q1 \v 12 Menim sɛ \nd Awurade\nd* bu ahiafoɔ atɛntenenee \q2 na ɔka onnibie asɛm ma no. \q1 \v 13 Ampa ara, teneneefoɔ bɛkamfo wo din \q2 na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim. \c 141 \cl Dwom 141 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, mesu mefrɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. \q2 Sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so. \q1 \v 2 Ma me mpaeɛbɔ mmra wʼanim sɛ aduhwam; \q2 ma me nsa a mapagya nyɛ sɛ anwummerɛ afɔrebɔ. \b \q1 \v 3 Ao \nd Awurade\nd*, ma ɔwɛmfoɔ nwɛn mʼano; \q2 na wɛn mʼano ɛpono. \q1 \v 4 Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho, \q2 na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi; \q1 mma me ne abɔnefoɔ \q2 nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ. \b \q1 \v 5 Ma ɔteneneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamyɛ; \q2 ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me tiri so ngo. \q1 Me tiri rempo. \q2 Me mpaeɛbɔ da so tia abɔnefoɔ nneyɛɛ daa. \b \q1 \v 6 Wɔbɛto wɔn sodifoɔ afiri abotan so abɛhwe fam; \q2 na amumuyɛfoɔ bɛhunu sɛ me nsɛm no yɛ nokorɛ. \q1 \v 7 Wɔbɛka sɛ, “Sɛdeɛ obi funtum na ɔtutu asase no, \q2 saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɛda ano.” \b \q1 \v 8 Nanso, Ao Otumfoɔ \nd Awurade\nd*, wo so na mʼani da; \q2 wo mu na mehinta. Nnya me mma owuo. \q1 \v 9 Bɔ me ho ban firi mfidie a wɔasunsum me no mu, \q2 mfidie a abɔnefoɔ asunsum no. \q1 \v 10 Ma amumuyɛfoɔ no ankasa atena nyi wɔn, \q2 na menkɔ me baabi asomdwoeɛ mu. \c 142 \cl Dwom 142 \d Dawid deɛ. Ɛberɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaeɛbɔ. \q1 \v 1 Meteam mesu frɛ \nd Awurade\nd*; \q2 me ma me nne so su frɛ \nd Awurade\nd* sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ. \q1 \v 2 Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim; \q2 meka me haw kyerɛ no. \b \q1 \v 3 Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, \q2 ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. \q1 Ɛkwan a menam so no \q2 nnipa asum me afidie wɔ so. \q1 \v 4 Hwɛ me nifa so na hunu sɛ; \q2 mʼasɛm mfa obiara ho; \q1 menni dwanekɔbea bi; \q2 me nkwa mfa obiara ho. \b \q1 \v 5 Ao \nd Awurade\nd*, mesu mefrɛ wo; \q2 mese, “Wone me dwanekɔbea, \q2 me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.” \q1 \v 6 Tie me sufrɛ, \q2 na mewɔ ahohia kɛseɛ mu; \q1 gye me firi mʼataafoɔ nsam, \q2 ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. \q1 \v 7 Yi me firi me nneduadan mu, \q2 na makamfo wo din. \b \q1 Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia \q2 ɛsiane wo papa a woayɛ me enti. \c 143 \cl Dwom 143 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, tie me mpaeɛbɔ, \q2 tie me nkotosrɛ; \q1 wɔ wo nokorɛdie ne tenenee mu \q2 bra bɛboa me. \q1 \v 2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmuo mu, \q2 na ɔteasefoɔ biara ntene wɔ wʼanim. \q1 \v 3 Ɔtamfoɔ no taa me, \q2 ɔbɔ me hwe fam; \q1 ɔma me tena esum mu \q2 te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada. \q1 \v 4 Ɛno enti me honhom atɔ piti wɔ me mu; \q2 na mʼakoma aba mu abu wɔ me mu. \q1 \v 5 Mekae tete nna no; \q2 medwendwene wo nnwuma \q2 ne deɛ wo nsa ayɛ nyinaa ho. \q1 \v 6 Mepagya me nsa kyerɛ wo; \q2 wo ho sukɔm de me kra sɛ asase wesee. \b \q1 \v 7 Ao \nd Awurade\nd*, gye me so ntɛm; \q2 me honhom tɔ piti. \q1 Mfa wʼanim nhinta me \q2 anyɛ saa a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amena mu no. \q1 \v 8 Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, \q2 na mede me ho ato wo so. \q1 Kyerɛ me ɛkwan a memfa so, \q2 na wo na mema me kra so kyerɛ. \q1 \v 9 Ao \nd Awurade\nd* gye me firi mʼatamfoɔ nsam, \q2 na wo mu na mede me ho hinta. \q1 \v 10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛdeɛ, \q2 na wo ne me Onyankopɔn; \q1 ma wo honhom pa no \q2 nni me ɛkan wɔ asase tamaa so. \b \q1 \v 11 Ao \nd Awurade\nd*, wo din enti, kyɛe me nkwa so; \q2 wo tenenee mu, yi me firi ɔhaw mu. \q1 \v 12 Wɔ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mu, yi mʼatamfoɔ hɔ; \q2 na sɛe wɔn a wɔkyiri me nyinaa, \q2 na meyɛ wo ɔsomfoɔ. \c 144 \cl Dwom 144 \d Dawid deɛ. \q1 \v 1 Nkamfoɔ nka \nd Awurade\nd*, me Botan, \q2 deɛ ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodie, \q2 na ɔkyerɛkyerɛ me nsateaa akodie. \q1 \v 2 Ɔyɛ mʼadɔeɛ Onyankopɔn ne mʼaban, \q2 mʼabandenden ne me ɔgyefoɔ, \q1 me kyɛm a mewɔ dwanekɔbea wɔ ne mu; \q2 ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase. \b \q1 \v 3 Ao \nd Awurade\nd*, hwan ne onipa, a wʼani ku ne ho? \q2 Hwan ne onipa ba, a wodwene ne ho yi? \q1 \v 4 Onipa te sɛ ahomeɛ; \q2 ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam. \b \q1 \v 5 Ao \nd Awurade\nd*, firi ɔsoro hɔ na siane bra fam; \q2 fa wo nsa ka mmepɔ, na ɛmfiri wisie. \q1 \v 6 Soma anyinam na bɔ atamfoɔ no hwete; \q2 to wo mmemma no ma wɔn nnwane. \q1 \v 7 Tene wo nsa firi soro bra fam; \q2 gye me na yi me \q1 firi nsuo akɛseɛ ho, \q2 firi ananafoɔ nsam, \q1 \v 8 wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma, \q2 na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. \b \q1 \v 9 Ao Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ ama wo; \q2 mɛto dwom wɔ sankuo a nhoma edu gu soɔ so ama wo, \q1 \v 10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdie ma ahemfo, \q2 na ɔgye ne ɔsomfoɔ Dawid firi akofena kɔdiawuo ano. \b \q1 \v 11 Gye me na yi me firi \q2 ananafoɔ nsam, \q1 wɔn a atorɔ ayɛ wɔn anomu ma \q2 na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. \b \q1 \v 12 Afei yɛn mmammarima mmeranteberɛ \q2 bɛyɛ sɛ afifideɛ a wɔahwɛ so yie, \q1 na yɛn mmammaa bɛyɛ sɛ adum \q2 a wɔasene de asiesie ahemfie. \q1 \v 13 Yɛn asan bɛyɛ ma. \q2 Aduane ahodoɔ biara bɛba mu bi. \q1 Yɛn nnwan bɛdɔɔso ayɛ mpem mpem, \q2 ayɛ mpemdu du wɔ yɛn mfuo so; \q2 \v 14 yɛn anantwie bɛtwe nnuane a ɛdɔɔso na emu yɛ duru. \q1 Obiara rentumi nnwiri yɛn afasuo ngu; \q2 yɛrenkɔ nkoasom mu, \q2 na agyaadwotwa remma yɛn mmɔntene so. \q1 \v 15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. \q2 Nhyira nka nnipa a wɔn Onyankopɔn ne \nd Awurade\nd*. \c 145 \cl Dwom 145 \d Ayɛyie dwom. Dawid deɛ. \q1 \v 1 Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene; \q2 mɛkamfo wo din daa daa. \q1 \v 2 Ɛda biara, mɛkamfo wo; \q2 na mama wo din so daa daa. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ; \q2 obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ. \q1 \v 4 Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ; \q2 wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm. \q1 \v 5 Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm, \q2 na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho. \q1 \v 6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; \q2 na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ. \q1 \v 7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa, \q2 na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ; \q2 ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* yɛ ma obiara; \q2 na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa. \q1 \v 10 Ao \nd Awurade\nd*, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo; \q2 na wʼahotefoɔ bɛma wo so. \q1 \v 11 Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm \q2 na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm, \q1 \v 12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ \q2 ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no. \q1 \v 13 Wʼahennie yɛ daa ahennie, \q2 na wo tumidie wɔ hɔ ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa. \b \q1 \nd Awurade\nd* di ne bɔhyɛ nyinaa so, \q2 na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* wowa wɔn a wɔhwe ase \q2 na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom. \q1 \v 15 Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan, \q2 na woma wɔn wɔn aduane wɔ ne berɛ mu. \q1 \v 16 Wobue wo nsam \q2 na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ. \b \q1 \v 17 \nd Awurade\nd* tene wɔ nʼakwan nyinaa mu; \q2 na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa. \q1 \v 18 \nd Awurade\nd* bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, \q2 wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa. \q1 \v 19 Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn; \q2 ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn. \q1 \v 20 \nd Awurade\nd* hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so, \q2 nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. \b \q1 \v 21 Mʼano bɛkamfo \nd Awurade\nd*. \q2 Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no \q2 daa daa. \c 146 \cl Dwom 146 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q2 Ao me ɔkra, kamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 \v 2 Mɛkamfo \nd Awurade\nd* me nkwa nna nyinaa; \q2 mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi. \q1 \v 3 Mommfa mo ho nto mmapɔmma so, \q2 adasamma a wɔrentumi nnye nkwa. \q1 \v 4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu, \q2 saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa. \q1 \v 5 Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn, \q2 deɛ nʼanidasoɔ wɔ \nd Awurade\nd*, ne Onyankopɔn mu. \b \q1 \v 6 Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfoɔ, \q2 ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa \q2 \nd Awurade\nd* a ɔyɛ nokwafoɔ daa no. \q1 \v 7 Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, \q2 na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. \q2 \nd Awurade\nd* gyaa nneduafoɔ, \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* ma anifirafoɔ hunu adeɛ. \q2 \nd Awurade\nd* pagya wɔn a wɔakom. \q2 \nd Awurade\nd* dɔ teneneefoɔ. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* hwɛ ahɔhoɔ so \q2 na ɔwowa nwisiaa ne akunafoɔ, \q2 na amumuyɛfoɔ akwan deɛ, ɔdane ani. \b \q1 \v 10 Sion, \nd Awurade\nd* wo Onyankopɔn di ɔhene daa daa, \q2 wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 147 \cl Dwom 147 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn, \q1 ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no! \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* kyekyere Yerusalem; \q2 Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano. \q1 \v 3 Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ \q2 na ɔkyekyere wɔn akuro. \q1 \v 4 Ɔnim nsoromma no dodoɔ \q2 na ɔde obiara din frɛ no. \q1 \v 5 Yɛn \nd Awurade\nd* so, na ne tumi yɛ kɛseɛ; \q2 yɛrente nʼase nwie. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* wowa ahobrɛasefoɔ \q2 na ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam. \b \q1 \v 7 Monto aseda nnwom mma \nd Awurade\nd*. \q2 Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn. \b \q1 \v 8 Ɔde omununkum kata ɔsoro ani; \q2 ɔde osutɔ ma asase \q2 ma ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so. \q1 \v 9 Ɔma anantwie aduane \q2 na sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane. \b \q1 \v 10 Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ \q2 na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso. \q1 \v 11 Na mmom, \nd Awurade\nd* ani sɔ nnipa a wɔsuro no, \q2 wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no. \b \q1 \v 12 Momma \nd Awurade\nd* so, Ao Yerusalem; \q2 kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion, \q1 \v 13 ɔma wʼapono akyi adaban yɛ den \q2 na ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu. \q1 \v 14 Ɔma wʼahyeɛ so dwo \q1 na ɔde ayuo amapa ma wo. \b \q1 \v 15 Ɔsoma nʼahyɛdeɛ kɔ asase so; \q2 nʼasɛm tu mmirika ntɛm so. \q1 \v 16 Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi, \q2 na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ. \q1 \v 17 Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea. \q2 Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano? \q1 \v 18 Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no; \q2 ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene. \b \q1 \v 19 Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob, \q2 ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel. \q1 \v 20 Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara; \q2 wɔnnim ne mmara. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*! \c 148 \cl Dwom 148 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd* mfiri ɔsorosoro, \q2 monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea. \q1 \v 2 Nʼabɔfoɔ nyinaa, monkamfo no, \q2 ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no. \q1 \v 3 Owia ne ɔsrane, monkamfo no, \q2 nsoromma a ɛhran nyinaa, monkamfo no. \q1 \v 4 Monkamfo no, ɔsoro mu ɔsoro \q2 ne mo nsuo a mowɔ ɔsoro atifi. \b \q1 \v 5 Momma wɔn nyinaa nkamfo \nd Awurade\nd* din, \q2 ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn. \q1 \v 6 Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; \q2 na wahyɛ nʼasɛm a ɛrentwam da. \b \q1 \v 7 Monkamfo \nd Awurade\nd* mfiri asase so, \q2 mo, ɛpo kɛseɛ mu abɔdeɛ ne ɛpo bunu nyinaa, \q1 \v 8 anyinam ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne omununkum, \q2 ahum a moyɛ nʼapɛdeɛ, \q1 \v 9 mo, mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, \q2 nnua a ɛso aba ne ntweneduro nyinaa, \q1 \v 10 wira mu mmoa ne anantwie, \q2 abɔdeɛ nketewa ne nnomaa a wɔtuo, \q1 \v 11 asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, \q2 mo, mmapɔmma ne asase sodifoɔ nyinaa, \q1 \v 12 mmeranteɛ ne mmabaawa \q2 mmasiriwa ne mmɔfra nso. \b \q1 \v 13 Ma wɔnkamfo \nd Awurade\nd* din, \q2 na ne din so sene edin biara; \q2 nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so. \q1 \v 14 Wapagya abɛn bi ama ne nkurɔfoɔ, \q2 ama nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam, \q2 Israelfoɔ, nnipa a wɔda nʼakoma so no. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 149 \cl Dwom 149 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Monto dwom foforɔ mma \nd Awurade\nd*, \q2 monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu. \b \q1 \v 2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu. \q2 Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu. \q1 \v 3 Ma wɔmfa asa nkamfo ne din \q2 na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no. \q1 \v 4 Na \nd Awurade\nd* ani sɔ ne nkurɔfoɔ; \q2 ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ. \q1 \v 5 Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu; \q2 na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so. \b \q1 \v 6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu \q2 na ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam, \q1 \v 7 sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no so \q2 ne asotwe wɔ nnipa no so, \q1 \v 8 sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, \q2 ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire, \q1 \v 9 sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no. \q2 Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 150 \cl Dwom 150 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd* wɔ ne kronkronbea; \q2 monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu. \q1 \v 2 Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛɛ ho; \q2 monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara soɔ ho. \q1 \v 3 Momfa totorobɛnto nnyegyeeɛ nkamfo no, \q2 momfa asankuo ne bɛnta nkamfo no, \q1 \v 4 momfa akasaeɛ ne asa nkamfo no, \q2 momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no, \q1 \v 5 momfa kyankyan mmobɔmu so nkamfo no, \q2 momfa kyankyan nnyegyeeɛ nkamfo no. \b \q1 \v 6 Momma deɛ ɛhome nyinaa nkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*.