\id OBA - Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Obadia \toc1 Odiyifoɔ Obadia Nwoma \toc2 Obadia \toc3 Oba \mt2 Odiyifoɔ \mt1 Obadia \mt2 Nwoma \c 1 \s1 Edom Atemmuo Ho Nkɔmhyɛ \p \v 1 Anisoadehunu a \nd Awurade\nd* Onyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia nie: \q1 Yɛate asɛm a ɛfiri \nd Awurade\nd* nkyɛn. \q2 Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkaa sɛ, \q1 “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.” \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* ka kyerɛ Edom sɛ: \q1 “Hwɛ mɛbrɛ wo ase, \q2 mɛyɛ wo akumaa wɔ aman no mu, \q2 na wɔabu wo animtia. \q1 \v 3 Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, \q2 Wo a wote abotan ntokuro mu \q1 na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so, \q2 na woka kyerɛ wo ho sɛ, \q2 ‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’ \q1 \v 4 Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ, \q1 na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a, \q2 ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.” \q1 Sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \q1 \v 5 “Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a, \q2 anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, \q1 atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? \q2 Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa? \q1 Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, \q2 ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa? \q1 \v 6 Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ \q2 a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso. \q1 \v 7 Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa \q2 bɛdi wo hwammɔ. \q1 Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ \q2 wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no \q1 bɛdaadaa wo adi wo so, \q2 wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie, \q2 nanso, wonhunuiɛ. \b \q1 \v 8 “Saa ɛda no,” \nd Awurade\nd* na ɔseɛ, \q2 “Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa, \q1 mmarima a wɔte asɛm ase \q2 a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa? \q1 \v 9 Ao Teman\f + \fr 1.9 \fr*\ft Teman: Teman kyerɛ Edom nyinaa sɛdeɛ Yeremia ka wɔ \+xt Yer 49.7,20\+xt*. Teman asekyerɛ yɛ “anafoɔ”. Saa din yi tumi yɛ Edom a ɛyɛ anafoɔ asase. Ebinom nso kyerɛ Teman ase sɛ Tawilan a ɛda borɔfokwansin mmiɛnsa wɔ Petra apueeɛ fam.\ft*\f* wʼakofoɔ bɛbɔ hu \q1 ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no, \q2 wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase. \q1 \v 10 Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti \q1 aniwuo bɛka wo, \q2 na wɔbɛsɛe wo koraa. \q1 \v 11 Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, \q1 na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ \q2 na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu, \q1 na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, \q2 na wote sɛ wɔn mu baako. \q1 \v 12 Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa \q2 ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu, \q1 anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so \q2 ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu, \q1 na mpo wohoahoa wo ho \q2 ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no. \q1 \v 13 Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ \q2 hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu \q1 wɔ wɔn amanehunu ɛda, \q1 anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a \q2 wɔwɔ ɔhaw mu. \q1 Afei nso anka ɛnsɛ sɛ \q2 wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye \q2 wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu. \q1 \v 14 Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ \q2 kunkumm nʼadwanefoɔ \q1 Na woyi wɔn a aka no ma \q2 wɔ wɔn amanehunu ɛda no mu. \b \q1 \v 15 “\nd Awurade\nd* ɛda no abɛn \q2 ama amanaman nyinaa. \q1 Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no \q2 saa ara na wɔbɛyɛ woɔ. \q1 Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso. \q1 \v 16 Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no, \q1 saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, \q2 saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara \q2 na wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ. \q1 \v 17 Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so \q2 na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ, \q1 na Yakob efie nsa \q2 bɛsane aka nʼagyapadeɛ. \q1 \v 18 Yakob efie bɛyɛ ogya \q2 na Yosef efie ayɛ ogyaframa; \q1 Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi \q2 na wɔde ogya bɛto mu ahye no a \q1 obiara renka wɔ efie hɔ.” \q2 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \b \q1 \v 19 Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no \q2 bɛtena Esau mmepɔ so, \q1 Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no, \q2 bɛfa Filistia asase no, \q1 na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so, \q2 na Benyamin nso afa Gilead. \q1 \v 20 Nipakuo a wɔyɛ Israel atukɔfoɔ \q2 bɛfa Kanaan asase no akɔsi Sarefat; \q1 na atukɔfoɔ a wɔfiri Yerusalem a \q2 wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so. \q1 \v 21 Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so, \q2 akɔdi Edom mmepɔ so. \q2 Na ahennie no bɛyɛ \nd Awurade\nd* dea!