\id NAM - Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Nahum \toc1 Odiyifoɔ Nahum Nwoma \toc2 Nahum \toc3 Nah \mt2 Odiyifoɔ \mt1 Nahum \mt2 Nwoma \c 1 \p \v 1 Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho. \s1 Awurade Abufuo A Ɛtia Ninewe \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, \q2 \nd Awurade\nd* tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. \q1 \nd Awurade\nd* tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ \q2 na nʼabufuo tena wɔn so. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* bo kyɛre fu, na ne tumi so, \q2 na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso. \q1 Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu, \q2 omununkum yɛ ne nan ase mfuturo. \q1 \v 4 Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe; \q2 ɔma nsubɔntene nyinaa wewe. \q1 Basan ne Karmel twintwam \q2 na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa. \q1 \v 5 Mmepɔ woso biribiri nʼanim \q2 na nkokoɔ nane. \q1 Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa \q2 woso nʼanim. \q1 \v 6 Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano? \q2 Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu? \q1 Nʼabufuo hwie te sɛ ogya; \q2 abotan yam wɔ nʼanim. \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* yɛ, \q2 ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea. \q1 Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so. \q2 \v 8 Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so \q1 bɛma Ninewe aba awieeɛ. \q2 Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu. \b \q1 \v 9 Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia \nd Awurade\nd* no, \q2 ɔbɛsɛe no; \q2 ɔhaw biara remma ne mprenu so. \q1 \v 10 Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho, \q2 na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no \q2 wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano. \q1 \v 11 Ao, Ninewe, wo mu na \q2 deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia \nd Awurade\nd* \q1 na ɔtu fo bɔne no firie. \q1 \v 12 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q2 “Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ, \q1 nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. \q2 Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so, \q2 nanso merenyɛ saa bio. \q1 \v 13 Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu \q2 na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.” \b \q1 \v 14 Ninewe, \nd Awurade\nd* aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: \q2 “Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so. \q1 Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo \q2 a ɛsisi wʼabosonnan mu no. \q1 Mɛsiesie wʼadamena \q2 ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.” \b \q1 \v 15 Hwɛ mmepɔ no so, \q2 deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn \q2 ɔno na ɔka asomdwoesɛm! \q1 Ao, Yuda di wʼafahyɛ na \q2 di wɔ bɔhyɛ so. \q1 Nnipa bɔne rentu wo so sa bio; \q2 Wɔbɛsɛe wɔn pasaa. \c 2 \s1 Ninewe Asehweɛ \q1 \v 1 Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewe \q2 bɔ aban no ho ban, \q1 wɛn ɛkwan no, \q2 bɔ wo ho so \q1 na boa wʼahoɔden nyinaa ano! \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* de Yakob animuonyam bɛsane ama no \q2 te sɛ Israel deɛ no, \q1 ɛwom sɛ, asɛefoɔ no ama ada mpan \q2 na wɔasɛe ne bobe mfuo. \b \q1 \v 3 Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ; \q2 akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ. \q1 Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no \q2 twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no; \q2 mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim. \q1 \v 4 Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so, \q2 na wɔdi akɔneaba. \q1 Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ; \q2 wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam. \b \q1 \v 5 Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu \q2 nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu. \q1 Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho; \q2 na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado. \q1 \v 6 Wɔbuebue asubɔnten apono no, \q2 na ahemfie no dwiri gu fam. \q1 \v 7 Wɔhyɛ mmaraden sɛ \q2 wɔmfa kuropɔn no nnommum \q1 na wɔmfa wɔn nkɔ. \q2 Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so \q2 su te sɛ mmorɔnoma. \q1 \v 8 Ninewe te sɛ ɔtadeɛ a \q2 emu nsuo resene korɔ. \q1 Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!” \q2 Nanso, obiara ansane nʼakyi. \q1 \v 9 Momfom dwetɛ no! \q2 Momfom sikakɔkɔɔ no! \q1 Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa! \q2 Na ahonyadeɛ no dɔɔso. \q1 \v 10 Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa! \q2 Akoma boto, na nkotodwe woso woso, \q2 nnipa ho popo na wɔn anim to hoa. \b \q1 \v 11 Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ, \q2 baabi a wɔma wɔn mma aduane no, \q1 baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ \q2 na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro? \q1 \v 12 Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma. \q2 Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no. \q1 Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn ma \q2 na ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama. \q1 \v 13 “Me ne wo nnka,” \q2 sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ ni, \q1 “Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisie \q2 na akofena bɛkunkum wʼagyata mma. \q1 Merennya wo ahaboa biara wɔ asase so. \q2 Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio.” \c 3 \s1 Ninewe Nnome \q1 \v 1 Nnome nka mogya kuropɔn \q2 a atorɔ ne korɔno ahyɛ no ma \q2 na amanehunufoɔ mmpa mu da! \q1 \v 2 Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye, \q2 nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi \q1 Apɔnkɔ rehurihuri \q2 ne nteaseɛnam redenkye denkye. \q1 \v 3 Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn anim \q2 akofena twa nyinam nyinam \q2 na mpea nso pa yerɛ yerɛ. \q1 Atɔfoɔ bebree, \q2 awufoɔ a ebi deda ebi soɔ, \q1 afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ \q2 a nnipa tiatia soɔ. \q1 \v 4 Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ, \q2 ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no. \q1 Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman \q2 na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa. \q1 \v 5 “Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ ni, \q2 “Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro. \q1 Mɛma amanaman ahunu wʼadagya \q2 na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ. \q1 \v 6 Mede efi bɛfɔre wo ho, \q2 mɛbu wo animtia \q2 na mama nnipa ahwɛ wo. \q1 \v 7 Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ, \q2 ‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’ \q2 Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?” \b \q1 \v 8 Woyɛ sene Tebes a \q2 ɛda Asubɔnten Nil ho a \q2 nsuo atwa he ho ahyia anaa? \q1 Asubɔnten bɔ ne ho ban \q2 na nsuo yɛ ne fasuo. \q1 \v 9 Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn. \q2 Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho. \q1 \v 10 Nanso wɔfaa no dommum \q2 twaa no asuo. \q1 Wɔtoo ne mmadoma hwehwee fam \q2 ma wɔtetee wɔ mmɔntene so. \q1 Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto, \q2 na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn. \q1 \v 11 Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔ \q2 Na wo bɛhinta wo ho \q2 de akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn. \b \q1 \v 12 Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua \q2 a aso aba foforɔ: \q1 sɛ wɔwoso a \q2 aba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi. \q1 \v 13 Hwɛ wʼakofoɔ \q2 wɔn nyinaa yɛ mmaa! \q1 Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ; \q2 ogya ahye wʼapono no akyiri adaban. \b \q1 \v 14 Sesa nsuo sie ma otua no. \q2 Yere wo banbɔ mu! \q1 Wɔ dɔteɛ no \q2 na siesie ntayaa a wato no! \q1 \v 15 Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ; \q2 akofena bɛtwa wo ahwe fam, \q1 na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam. \q2 Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ! \q1 \v 16 Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso, \q2 wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma, \q1 nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa \q2 na afei wɔtu kɔ. \q1 \v 17 Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ. \q2 Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuo \q2 a wɔsensam ban ho awɔ da. \q1 Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ, \q2 na obi nnim faako a wɔkɔ. \b \q1 \v 18 Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko. \q2 Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome. \q1 Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no so \q2 a wɔnni anoboaboafoɔ. \q1 \v 19 Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no; \q2 wo pira no mu yɛ den. \q1 Obiara a ɔte wo nka no \q2 bɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho, \q1 Na hwan koraa na wommɔɔ \q2 no atirimuɔden da?