\id MAL - Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Malaki \toc1 Odiyifoɔ Malaki Nwoma \toc2 Malaki \toc3 Mal \mt2 Odiyifoɔ \mt1 Malaki \mt2 Nwoma \c 1 \p \v 1 Nkɔmhyɛ nsɛm a \nd Awurade\nd* nam Odiyifoɔ Malaki so de maa Israel. \s1 Wɔdɔ Yakob, Wɔtane Esau \p \v 2 “Madɔ mo,” sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p “Nanso, mobisa sɛ, ‘Wodɔɔ yɛn ɛkwan bɛn so?’ ” \p Na \nd Awurade\nd* bua sɛ, “Esau nyɛ Yakob nua anaa? Nanso madɔ Yakob, \v 3 na matane Esau, mayɛ nʼasase mmepɔ mmepɔ no bonini, na nʼagyapadeɛ nso madane no anweatam a nnompo te soɔ.” \p \v 4 Ebia Edom bɛka sɛ, “Ɛwom sɛ wɔadwera yɛn deɛ, nanso yɛbɛsane asi mmubuiɛ no bio.” \p Nanso, yei ne deɛ Asafo \nd Awurade\nd* nso seɛ: “Wɔbɛsi nanso mɛbubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn, Amumuyɛ Asase, nnipa a \nd Awurade\nd* abufuo bɛtena wɔn so daa. \v 5 Mode mo ankasa ani bɛhunu na moaka sɛ, ‘\nd Awurade\nd* kɛseyɛ tra Israel ahyeɛ nyinaa so!’ \s1 Afɔrebɔ A Ɛmfata \p \v 6 “Ɔbabarima de obuo ma nʼagya, na ɔsomfoɔ de anidie ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, anidie a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obuo a ɛfata me no wɔ he?” Yei na Asafo \nd Awurade\nd* bisa. \p Mo asɔfoɔ, mo na mosɛe me din. \p “Na mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na yɛ nam so sɛee wo din?’ \p \v 7 “Mode aduane a ɛho agu fi bɛgu mʼafɔrebukyia so. \p “Afei mobisa sɛ ‘Ɛkwan bɛn so na yɛfa guu wo ho fi?’ \p “Sɛ mokaa sɛ, \nd Awurade\nd* ɛpono ho yɛ aniwu enti. \v 8 Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔdeɛ a, ɛnyɛ mmusuo? Ɛyɛ a, momfa akyɛdeɛ a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu anaa?” Deɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p \v 9 “Afei mo nsrɛ Onyankopɔn, na ɔnhunu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔdeɛ sei firi mo nkyɛn a, ɔbɛgye mo ato mu anaa?” Asafo \nd Awurade\nd* na ɔrebisa. \p \v 10 “Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔredan no apono mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔrebukyia so! Mʼani nsɔ mo, na merennye afɔrebɔdeɛ biara a ɛfiri mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \v 11 “Ɛfiri deɛ owia pue kɔsi deɛ owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛho teɛ ne nnuhwam bɛbrɛ me, ɛfiri sɛ, me din bɛyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p \v 12 “Nanso mode kasa fi ka sɛ \nd Awurade\nd* ɛpono ho nte. Na mobu ɛso aduane nso animtia. \v 13 Na moka sɛ adesoa bɛn nie, na moyi mo ani firi mʼasɛm so,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p “Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, a wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔdeɛ ma me a, me nsɔ mu anaa?” Yei na \nd Awurade\nd* bisa. \v 14 “Nnome nka osisifoɔ a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nnwankuo mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde deɛ wadi dɛm na ɛbɔ afɔdeɛ ma \nd Awurade\nd*. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wɔsuro me din wɔ amanaman mu,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \c 2 \s1 Asɔfoɔ No Animka \p \v 1 Afei mo asɔfoɔ, saa animka yi wɔ mo. \v 2 Sɛ moantie, sɛ moannyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam a, mede nnome bɛba mo so, na mɛdane mo nhyira ama ayɛ nnome. Aane, madome mo dada, ɛfiri sɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam, sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p \v 3 Mo enti mɛka mo asefoɔ anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ. \v 4 Na mobɛhunu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \v 5 Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoeɛ apam. Na apam no botaeɛ ne sɛ ɛbɛma Lewi nkwa ne asomdwoeɛ, enti memaa no nkwa ne asomdwoeɛ. \v 6 Nokorɛ nkyerɛkyerɛ firii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantee asomdwoeɛ ne nokorɛdie mu, na ɔmaa bebree danee wɔn ho firii bɔne ho. \p \v 7 “Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ Asafo \nd Awurade\nd* no somafoɔ. \v 8 Nanso moamane afiri ɛkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree asuntisunti; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \v 9 “Enti, mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, ɛfiri sɛ moannante mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.” \s1 Yuda Anni Nokorɛ \p \v 10 Yɛn nyinaa mfiri Agya baako anaa? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn enti na yɛnni yɛn ho yɛn ho nokorɛ, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so? \p \v 11 Yuda anni nokorɛ. Akyiwadeɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a \nd Awurade\nd* dɔ no ho fi, ɛfiri sɛ waware ɔbaa a ɔsom ananafoɔ nyame. \v 12 Ɔbarima a ɔyɛ yei deɛ, sɛdeɛ ɔteɛ biara, \nd Awurade\nd* mpam no mfiri Yakob ntomadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ rebrɛ Asafo \nd Awurade\nd* no koraa a. \p \v 13 Adeɛ a moyɛ bio ne sɛ: mode nisuo fɔ \nd Awurade\nd* afɔrebukyia no. Mote nisuo na motwa adwo ɛfiri sɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔdeɛ no bio, na ɔmmfa anigyeɛ nnye mfiri mo nkyɛn. \v 14 Mobisa sɛ, “Adɛn nti?” Ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmeranteberɛ mu yere ntam, a woanni no nokorɛ. \p \v 15 Ɛnyɛ \nd Awurade\nd* korɔ no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Deɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmeranteberɛ mu yere nokorɛ. \p \v 16 “Mekyiri awaregyaeɛ!” Sɛdeɛ \nd Awurade\nd* Israel Onyankopɔn seɛ nie. “Na metane ɔbarima a ɔde abufuhyeɛ hyɛ ne yere so na ɔsane de ne ntoma kata ne so,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokorɛ. \s1 Atemmuo Da \p \v 17 Mode mo nsɛm tuatua \nd Awurade\nd* aso. \p Mobisa sɛ, “Ɛkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?” \p Moka sɛ, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa tene wɔ \nd Awurade\nd* anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn ɔtemmufoɔ nokwafoɔ no wɔ he?” \c 3 \p \v 1 Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, \nd Awurade\nd* a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p \v 2 Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya dɛreɛ a wɔde nane dadeɛ anaa ntoma sifoɔ samina. \v 3 Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛte Lewifoɔ no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei \nd Awurade\nd* bɛnya mmarimma a wɔde ayɛyɛdeɛ bɛba wɔ kronkronyɛ mu, \v 4 na afɔrebɔdeɛ a ɛfiri Yuda ne Yerusalem bɛyɛ deɛ ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ mfeɛ a atwam no. \p \v 5 “Enti mɛtwe abɛn mo, abɛbu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanseɛ atia ntafowayifoɔ, awaresɛefoɔ ne atorofoɔ, wɔn a wɔsisi adwumayɛfoɔ wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafoɔ ne nwisiaa so na wɔbu ntɛnkyea tia ahɔhoɔ na wɔnnsuro me,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \s1 Wɔbɔ Onyankopɔn Korɔno \p \v 6 “Meyɛ Awurade a mennsakyera. Ɛno enti na mo Yakob asefoɔ, wɔnsɛee mo no. \v 7 Ɛfiri mo nananom ɛberɛ so, moatwe mo ho afiri me mmara ho. Moanni so. Monsane mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p “Nanso mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn so na yɛmfa nsane mmra?’ \p \v 8 “Onipa bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno anaa? Nanso, mobɔ me korɔno! Na mobɛbisa sɛ, ‘ɛkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔno?’ \p “Wɔ ntotosoɔ dudu ne afɔrebɔdeɛ mu. \v 9 Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, ɛfiri sɛ, morebɔ me korɔno. \v 10 Momfa ntotosoɔ dudu no nyinaa mmra adekoradan\f + \fr 3.10 \fr*\ft Adekoradan: Adekoradan a ɛwɔ kronkron mu kronkron (\+xt 1 Ah 7.51; 2 Be 31.11-12; Neh 13.12\+xt*). Ɔsoro mpomma—Ɛkyerɛ asetena mu nhyira bebree. (\+xt 2 Ah 7.2,19; Nnw 78.23-24\+xt*). Mɛhwie…nhyira—Nhyira apam a mahyɛ ho bɔ no (\+xt 5 Mose 28.12; Yes 44.3\+xt*).\ft*\f* no mu, na aduane mmra me fie. Monsɔ me nhwɛ saa ɛkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mpomma na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a morennya baabi nkora ne nyinaa mpo.” Sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \v 11 “Meremma mmoa mmɛsɛe mo mfudeɛ na borɔdɔma aba rente ngu wɔ ɛberɛ a ɛmmereɛ,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \v 12 “Na aman no nyinaa bɛka sɛ wɔahyira mo, ɛfiri sɛ, mo asase so bɛyɛ anika,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p \v 13 “Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mobisa sɛ, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p \v 14 “Moaka sɛ, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛguo, na yɛdii nʼahyɛdeɛ so na yɛkɔɔ Asafo \nd Awurade\nd* anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhoɔ no, mfasoɔ bɛn na yɛnyaeɛ? \v 15 Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no deɛ wɔahyira no. Nokorɛm, nnebɔneyɛfoɔ di yie, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asie no, wɔfa wɔn ho di.’ ” \p \v 16 Ɛnna wɔn a wɔsuro \nd Awurade\nd* no ne wɔn ho wɔn ho kasaeɛ, na \nd Awurade\nd* tieeɛ na ɔgyee wɔn so. Wɔn a wɔsuro \nd Awurade\nd* na wɔdi ne din ni no, wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ nwoma mmobɔeɛ so wɔ nʼanim de yɛɛ nkaeɛ adeɛ. \p \v 17 “Wɔbɛyɛ me dea,” sɛdeɛ, Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. Ɛda a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahodeɛ a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛdeɛ agya nya ayamhyehyeɛ de ɔba a ɔyɛ ɔsetie ho kyɛ no no. \v 18 Na mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnnsom Onyankopɔn no ntam. \c 4 \s1 \nd Awurade\nd* Da \p \v 1 “Ampa ara, ɛda no reba; ɛbɛdɛre te sɛ fononoo. Ahomasofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛyɛ wiradwaneɛ, na saa da a ɛreba no, wɔde ogya bɛto mu,” sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. “Ɛrenka nhini anaa dubaa ɛmma wɔn. \v 2 Nanso, mo a mode anidie ma me din no, tenenee awia bɛpue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mobɛpue na moahurihuri te sɛ anantwie mma a wɔabue wɔn afiri wɔn buo mu. \v 3 Na mobɛtiatia atirimuɔdenfoɔ so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo nan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi.” Sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p \v 4 “Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no wɔ Horeb so sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa. \p \v 5 “Mɛsoma Odiyifoɔ Elia aba mo nkyɛn, ansa na \nd Awurade\nd* da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba. \v 6 Ɔbɛdane agyanom akoma akɔ wɔn mma so, na wadane mma nso akoma akɔ agyanom so, anyɛ saa a, mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”