\id LAM - Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Kwadwom \toc1 Kwadwom \toc2 Kwadwom \toc3 Kwa \mt1 Kwadwom \c 1 \q1 \v 1 Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie, \q2 kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma? \q1 Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a \q2 kane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu? \q1 Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu no \q2 abɛyɛ afenaa ɛnnɛ. \b \q1 \v 2 Ɔsu yaayaaya anadwo, \q2 nisuo sensane nʼafono so. \q1 Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no, \q2 ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ. \q1 Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ \q2 Wɔayɛ nʼatamfoɔ. \b \q1 \v 3 Amanehunu ne adwumaden akyi no, \q2 Yuda kɔ nnommumfa mu. \q1 Ɔte amanaman no mu \q2 na ɔnni ahomegyebea \q1 Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no \q2 wɔ nʼahokyere mu. \b \q1 \v 4 Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ, \q2 ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. \q1 Nʼapono nyinaa adeda mpan, \q2 na nʼasɔfoɔ si apinie, \q1 ne mmabaawa di yea, \q2 na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den. \b \q1 \v 5 Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom; \q2 wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn. \q1 Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so \q2 nʼamumuyɛ bebrebe enti. \q1 Ne mma kɔ nnommumfa mu. \q2 Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ. \b \q1 \v 6 Animuonyam nyinaa atu \q2 afiri Ɔbabaa Sion so kɔ. \q1 Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ \q2 a wɔnnya adidibea; \q1 na wɔde mmerɛyɛ adwane \q2 wɔ wɔn ataafoɔ anim. \b \q1 \v 7 Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no, \q2 Yerusalem kae ademudeɛ nyinaa \q2 a na ɛwɔ no wɔ nna a atwam no mu. \q1 Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no, \q2 na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no. \q1 Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ no \q2 na wɔseree ne sɛeɛ. \b \q1 \v 8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ \q2 enti ne ho agu fi. \q1 Wɔn a wɔdi no ni no sopa no, \q2 ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya; \q1 ɔno ankasa gu ahome \q2 na ɔdane nʼani. \b \q1 \v 9 Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu; \q2 wannwene ne daakye ho. \q1 Nʼasehweɛ yɛ nwanwa; \q2 obiara ankyekyere ne werɛ. \q1 “Ao \nd Awurade\nd* hwɛ mʼamanehunu, \q2 ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.” \b \q1 \v 10 Ɔtamfoɔ no de ne nsa too \q2 nʼademudeɛ nyinaa so; \q1 ɔhunuu sɛ amanaman \q2 rehyɛne ne kronkronbea hɔ, \q1 nnipa a woabra sɛ \q2 wɔnnhyɛne wʼasafo mu no. \b \q1 \v 11 Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie \q2 ɛberɛ a wɔrepɛ aduane; \q1 wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane \q2 de nya ahoɔden. \q1 “Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho, \q2 ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.” \b \q1 \v 12 “Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa? \q2 Monhwɛ na monhunu. \q1 Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ \q2 a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa? \q1 Deɛ \nd Awurade\nd* de baa me so \q2 wɔ nʼabufuhyeɛ da no. \b \q1 \v 13 “Ɔsomaa ogya firi ɔsoro, \q2 ma ɛbaa me nnompe mu. \q1 Ɔsum afidie maa me nan \q2 na ɔsane me kɔɔ mʼakyi. \q1 Ɔyɛɛ me pasaa, \q2 metɔɔ bira da mu nyinaa. \b \q1 \v 14 “Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa; \q2 ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu. \q1 Abɛda me kɔn mu \q2 na \nd Awurade\nd* atwe mʼahoɔden. \q1 Ɔde me ahyɛ wɔn a \q2 merentumi nnyina wɔn anim no nsa. \b \q1 \v 15 “Awurade apo \q2 ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa; \q1 wafrɛ akodɔm atia me \q2 sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ. \q1 \nd Awurade\nd* atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so \q2 wɔ ne nsakyiamena hɔ. \b \q1 \v 16 “Yeinom enti na mesu \q2 na nisuo adware me. \q1 Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ. \q2 Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ. \q1 Me mma agyigya \q2 ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.” \b \q1 \v 17 Sion trɛ ne nsa mu \q2 nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ \q1 \nd Awurade\nd* ahyɛ ama Yakob sɛ \q2 ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ; \q1 Yerusalem abɛyɛ \q2 afideɛ wɔ wɔn mu. \b \q1 \v 18 “\nd Awurade\nd* yɛ ɔteneneeni, \q2 nanso manni nʼahyɛdeɛ so. \q1 Montie, mo amanaman nyinaa \q2 monhwɛ me yea. \q1 Me mmeranteɛ ne mmabaawa \q2 kɔ nnommumfa mu. \b \q1 \v 19 “Mefrɛɛ mʼapamfoɔ \q2 nanso wɔyii me maeɛ. \q1 Mʼasɔfoɔ ne me mpanimfoɔ \q2 ase tɔreɛ wɔ kuropɔn no mu, \q1 ɛberɛ a wɔrepɛ aduane adi \q2 na wɔanwuwu. \b \q1 \v 20 “Ao \nd Awurade\nd*, hwɛ me mmɔborɔ! \q2 Meredi ɛyea wɔ me mu, \q1 na mʼakoma mu nso menni ahotɔ, \q2 ɛfiri sɛ mayɛ otuatefoɔ kɛseɛ. \q1 Akofena hyɛ me awerɛhoɔ wɔ abɔntene so; \q2 efie nso yɛ owuo nko ara. \b \q1 \v 21 “Nnipa ate mʼapinisie, \q2 nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. \q1 Mʼatamfoɔ nyinaa ate mʼamanehunu \q2 wɔn ani gye deɛ woayɛ no ho. \q1 Ma nna a woahyɛ no mmra \q2 sɛdeɛ wɔbɛyɛ sɛ me. \b \q1 \v 22 “Fa wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa si wʼanim; \q2 na wo ne wɔn nni \q1 sɛdeɛ wo ne me adie \q2 ɛsiane mʼamumuyɛ no enti. \q1 Mʼapinisie dɔɔso \q2 na mʼakoma aboto.” \b \b \c 2 \q1 \v 1 Sɛdeɛ \nd Awurade\nd* de nʼabufuhyeɛ omununkum \q2 akata Ɔbabaa Sion so nie? \q1 Wato Israel animuonyam \q2 firi soro abɛhwe fam; \q1 wankae ne nan ntiasoɔ \q2 wɔ nʼabufuo da no. \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* annya ahummɔborɔ \q2 na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa; \q1 nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri \q2 Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam. \q1 Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma \q2 ho fi. \b \q1 \v 3 Ɔde abufuhyeɛ atwitwa \q2 Israel mmɛn nyinaa. \q1 Wayi ne banbɔ \q2 wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba. \q1 Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ \q2 a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia. \b \q1 \v 4 Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ; \q2 ne nsa nifa ayɛ krado. \q1 Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum \q2 wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa; \q1 wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya \q2 agu Ɔbabaa Sion ntomadan so. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* ayɛ sɛ ɔtamfoɔ; \q2 wamene Israel. \q1 Wamene nʼahemfie nyinaa \q2 asɛe nʼabandenden. \q1 Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso \q2 ama Yuda Ɔbabaa. \b \q1 \v 6 Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo; \q2 wasɛe ne dwabirem. \q1 \nd Awurade\nd* ama Sion werɛ afiri \q2 nʼafahyɛ ne home nna; \q1 wɔ nʼabufuhyeɛ mu no \q2 wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* apo nʼafɔrebukyia \q2 na wagyae ne kronkronbea mu. \q1 Ɔde nʼahemfie afasuo \q2 ahyɛ nʼatamfoɔ nsa. \q1 Wɔteam wɔ \nd Awurade\nd* efie \q2 te sɛ afahyɛ da. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe \q2 Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no. \q1 Ɔde susuhoma too ho \q2 na wannyae ɔsɛeɛ no. \q1 Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo; \q2 wɔn nyinaa sɛeɛ. \b \q1 \v 9 Nʼapono amem fam; \q2 wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. \q1 Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo kɔ amanaman no mu, \q2 mmara nni hɔ bio, \q1 na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a \q2 ɛfiri \nd Awurade\nd* hɔ bio. \b \q1 \v 10 Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ \q2 tete fam ayɛ komm; \q1 wɔde mfuturo agu wɔn tirim \q2 afirafira ayitoma. \q1 Yerusalem mmabaawa \q2 asisi wɔn tiri ase. \b \q1 \v 11 Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ, \q2 me yafunu mu retwa me, \q1 mʼakoma rete atɔ fam, \q2 ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ, \q1 ɛfiri sɛ mmɔfra ne mmotafowa totɔ piti \q2 wɔ kuropɔn no mmɔntene so. \b \q1 \v 12 Wɔbisa wɔn maamenom sɛ, \q2 “Ɛhe na aduane ne nsã wɔ?” \q1 Ɛberɛ a wɔtotɔ piti sɛ apirafoɔ \q2 wɔ kuropɔn no mmɔntene so, \q1 ɛberɛ a wɔn nkwa resa \q2 wɔ wɔn maamenom abasa so. \b \q1 \v 13 Ɛdeɛn na mɛtumi aka ama woɔ? \q2 Ɛdeɛn ho na mɛtumi de wo atoto, \q1 Ao, Yerusalem Ɔbabaa? \q2 Ɛdeɛn na mɛtumi de asusu woɔ, \q1 de akyekyere wo werɛ, \q2 Ao, Sion Ɔbabaa Bunu? \q1 Wʼapirakuro so sɛ ɛpo. \q2 Hwan na ɔbɛtumi asa ama woɔ? \b \q1 \v 14 Wʼadiyifoɔ anisoadehunu \q2 yɛ atorɔ a ɛho nni mfasoɔ; \q1 wɔanna mo amumuyɛ adi \q2 ansi mo nnommumfa ano. \q1 Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no \q2 yɛ atorɔ ne nnaadaa. \b \q1 \v 15 Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaa \q2 bobɔ wɔn nsam gu wo so; \q1 wɔdi wo ho fɛ na wɔwoso wɔn tiri \q2 gu Yerusalem Ɔbabaa so ka sɛ, \q1 “Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ no \q2 ahoɔfɛ a ɛdi mu no? \q2 Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?” \b \q1 \v 16 Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom \q2 kakraa tia wo; \q1 wɔsere na wɔtwɛre wɔn se \q2 na wɔka sɛ, “Yɛamene no. \q1 Ɛda a na yɛretwɛn no nie; \q2 Yɛatena ase ahunu.” \b \q1 \v 17 \nd Awurade\nd* ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ; \q2 wama nʼasɛm a \q1 ɔhyɛɛ dadaada no aba mu. \q1 Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ, \q2 wama ɔtamfoɔ no ani agye \q2 wama wʼatamfoɔ no mmɛn so. \b \q1 \v 18 Nnipa no akoma \q2 su frɛ \nd Awurade\nd*. \q1 Ao, Sion Ɔbabaa fasuo, \q2 ma wo nisuo nsene sɛ asubɔnten \q2 awia ne anadwo; \q1 nnye wʼahome \q2 mma wʼani nso nnya ahomeɛ. \b \q1 \v 19 Sɔre, su denden anadwo \q2 ɔdasuom mfitiaseɛ; \q1 hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo \q2 gu \nd Awurade\nd* anim. \q1 Ma wo nsa so kyerɛ no \q2 wo mma nkwa enti, \q1 wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha \q2 wɔ mmɔntene so. \b \q1 \v 20 “Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade: \q2 Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn? \q1 Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa, \q2 mma a wɔahwɛ wɔn? \q1 Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ \q2 wɔ \nd Awurade\nd* kronkronbea anaa? \b \q1 \v 21 “Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu \q2 mfuturo mu wɔ mmɔntene so, \q1 me mmeranteɛ ne mmabaawa \q2 atotɔ wɔ akofena ano. \q1 Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da; \q2 wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ. \b \q1 \v 22 “Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ wɔ apontoɔ da no, \q2 saa ara na wofrɛfrɛɛ \q2 amanehunu firi afanan nyinaa tiaa me. \q1 \nd Awurade\nd* abufuo da no, \q2 obiara annwane na obiara anka: \q1 wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no, \q2 me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn.” \b \b \c 3 \q1 \v 1 Mene ɔbarima a mahunu amane \q2 wɔ nʼabufuo abaa ano. \q1 \v 2 Wapam me afiri ne ho ama manante \q2 sum mu na ɛnyɛ hann mu; \q1 \v 3 Ampa ara wama nsa so atia me \q2 mpɛn bebree, ɛda mu nyinaa. \b \q1 \v 4 Wama me wedeɛ ne me nam anyini \q2 Na wabubu me nnompe. \q1 \v 5 Waka me ahyɛ mu, \q2 ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia. \q1 \v 6 Wama matena esum mu \q2 sɛ wɔn a wɔawuwu dada no. \b \q1 \v 7 Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane; \q2 wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha. \q1 \v 8 Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a \q2 ɔsi me mpaeɛbɔ ano. \q1 \v 9 Ɔde abotan asi me ɛkwan; \q2 wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye. \b \q1 \v 10 Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, \q2 te sɛ gyata a watɛ, \q1 \v 11 ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ me \q2 na ɔgyaa me a menni mmoa biara. \q1 \v 12 Ɔkuntunuu ne tadua mu \q2 na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so. \b \q1 \v 13 Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo mu \q2 hwiree mʼakoma mu. \q1 \v 14 Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa; \q2 wɔto akutia nnwom \q2 de di me ho fɛ ɛda mu nyinaa. \q1 \v 15 Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma. \q2 Wama me bɔnwoma anom. \b \q1 \v 16 Ɔde aboseaa abubu me se; \q2 na watiatia me so wɔ mfuturo mu. \q1 \v 17 Wɔama asomdwoeɛ abɔ me; \q2 na mewerɛ afiri yiedie. \q1 \v 18 Enti mese, “Mʼanimuonyam asa, \q2 deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.” \b \q1 \v 19 Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu, \q2 nwononwono ne bɔnwoma mu. \q1 \v 20 Mekae yie, \q2 na me kra aboto wɔ me mu. \q1 \v 21 Nanso, mekae yei \q2 ne saa enti, mewɔ anidasoɔ. \b \q1 \v 22 Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ. \q2 Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ. \q1 \v 23 Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara; \q2 wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ. \q1 \v 24 Meka kyerɛ me ho sɛ, \q2 “\nd Awurade\nd* yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.” \b \q1 \v 25 \nd Awurade\nd* yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu, \q2 onipa a ɔhwehwɛ noɔ no; \q1 \v 26 Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm \q2 de twɛn \nd Awurade\nd* nkwagyeɛ. \q1 \v 27 Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua no \q2 wɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu. \b \q1 \v 28 Ma ɔntena ase komm, \q2 ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* de ato no so. \q1 \v 29 Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu, \q2 ebia anidasoɔ wɔ hɔ. \q1 \v 30 Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no \q2 na ɔnhyɛ no aniwuo. \b \q1 \v 31 Na \nd Awurade\nd* nto nnipa ntwene koraa. \q1 \v 32 Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ. \q2 Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da. \q1 \v 33 Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunu \q2 anaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma. \b \q1 \v 34 Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛ \q2 nneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a, \q1 \v 35 sɛ wɔtiatia obi ahofadie so \q2 wɔ Ɔsorosoroni no anim a, \q1 \v 36 anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a, \q2 Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa? \b \q1 \v 37 Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba mu \q2 wɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ? \q1 \v 38 Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom \q2 na musuo ne nnepa firi anaa? \q1 \v 39 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii \q2 ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho? \b \q1 \v 40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ, \q2 na yɛnsane nkɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn. \q1 \v 41 Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so, \q2 nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ: \q1 \v 42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua \q2 na woamfa ankyɛ. \b \q1 \v 43 “Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn; \q2 na wakunkum a woannya ahummɔborɔ. \q1 \v 44 Wode wo ho asie omununkum mu \q2 enti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn. \q1 \v 45 Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wira \q2 wɔ amanaman no mu. \b \q1 \v 46 “Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛ \q2 de tia yɛn. \q1 \v 47 Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ, \q2 mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.” \b \q1 \v 48 Me nisuo sene sɛ asutene \q2 ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ. \b \q1 \v 49 Me nisuo bɛsene ara, \q2 na ɛrennyae, \q1 \v 50 kɔsi sɛ \nd Awurade\nd* bɛhwɛ \q2 afiri ɔsoro, na wahu. \q1 \v 51 Deɛ mehunu no ma me kra werɛ ho \q2 me kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti. \b \q1 \v 52 Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hwee \q2 pampam me sɛ anomaa. \b \q1 \v 53 Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa so \q2 na wɔsi me aboɔ wɔ amena mu; \q1 \v 54 nsuo bu faa me tiri so, \q2 na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me. \b \q1 \v 55 Mebɔɔ wo din, Ao \nd Awurade\nd* \q2 firi amena no ase tɔnn. \q1 \v 56 Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼaso \q2 wɔ me gyeɛ sufrɛ ho.” \q1 \v 57 Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no, \q2 na wokaa sɛ, “Nsuro.” \b \q1 \v 58 Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me; \q2 na wogyee me nkwa. \q1 \v 59 Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao \nd Awurade\nd*. \q2 Di mʼasɛm ma me! \q1 \v 60 Woahunu wɔn aweretɔ no mu den, \q2 wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa. \b \q1 \v 61 Ao \nd Awurade\nd*, woate wɔn sopa, \q2 wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa, \q1 \v 62 deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoo \q2 de tia me da mu nyinaa. \q1 \v 63 Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ, \q1 wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw. \b \q1 \v 64 Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao \nd Awurade\nd*, \q2 deɛ wɔn nsa ayɛ enti. \q1 \v 65 Pirim wɔn akoma, \q2 na ma wo nnome mmra wɔn so. \q1 \v 66 Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔn \q2 firi \nd Awurade\nd* sorosoro ase. \b \b \c 4 \q1 \v 1 Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie? \q2 Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri! \q1 Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apete \q2 wɔ mmɔntene biara so. \b \q1 \v 2 Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu \q2 na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ, \q1 seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, \q2 ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma! \b \q1 \v 3 Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ \q2 ma wɔn mma enum, \q1 nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ \q2 sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so. \b \q1 \v 4 Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma \q2 fam ne dodo mu; \q1 mmɔfra no su pɛ aduane, \q2 nanso obiara mfa mma wɔn. \b \q1 \v 5 Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no \q2 ohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so. \q1 Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no \q2 seesei wɔdeda nso nkɔfie so. \b \q1 \v 6 Me nkurɔfoɔ asotwe \q2 so sene Sodom a \q1 wɔtuu wɔn mpofirim no deɛ, \q2 a wɔannya ɔboafoɔ biara no. \b \q1 \v 7 Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma, \q2 na wɔhoa sene nufosuo, \q1 na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa, \q2 na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ. \b \q1 \v 8 Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu; \q2 na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so. \q1 Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so; \q2 ɛho awo wesee sɛ abaa. \b \q1 \v 9 Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa \q2 sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn; \q1 ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu \q2 ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti. \b \q1 \v 10 Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ \q2 de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, \q1 ayɛ wɔn aduane \q2 ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no. \b \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi; \q2 wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no. \q1 Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion \q2 ma ɛhyee ne fapem. \b \q1 \v 12 Asase so ahemfo annye anni, \q2 ewiase mu nnipa nso annye anni \q1 sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne \q2 Yerusalem apono mu. \b \q1 \v 13 Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne \q2 ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti, \q1 wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya \q2 guu wɔ kuropɔn no mu. \b \q1 \v 14 Afei wɔkeka wɔ mmɔntene so \q2 te sɛ nnipa a wɔn ani afira. \q1 Mogya a ama wɔn ho agu fi no enti \q2 obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ. \b \q1 \v 15 Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte! \q2 Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” \q1 Sɛ wɔdwane kɔnenam a \q2 amanaman no mu nnipa ka sɛ, \q2 “Wɔrentumi ntena ha bio.” \b \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* ankasa abɔ wɔn ahwete; \q2 nʼani nni wɔn so bio. \q1 Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ, \q2 na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ. \b \q1 \v 17 Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, \q2 yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; \q1 yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too \q2 ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so. \b \q1 \v 18 Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu, \q2 enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so. \q1 Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna, \q2 ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so. \b \q1 \v 19 Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare \q2 sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem; \q1 wɔtaa yɛn faa mmepɔ so \q2 na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so. \b \q1 \v 20 Deɛ \nd Awurade\nd* asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no, \q2 ɔtɔɔ wɔn mfidie mu. \q1 Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase \q2 yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu. \b \q1 \v 21 Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa, \q2 wo a wote Us asase so. \q1 Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi; \q2 wobɛboro na wɔabɔ wo adagya. \b \q1 \v 22 Ao Ɔbabaa Sion, wʼasotwe bɛba awieeɛ; \q2 ɔremma wonkɔ so ntena nnommumfa mu. \q1 Nanso, Ao Ɔbabaa Edom, ɔbɛtua wo bɔne so ka \q2 na wada wʼamumuyɛ adi. \b \b \c 5 \q1 \v 1 Ao \nd Awurade\nd*, kae deɛ aba yɛn so; \q2 hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ. \q1 \v 2 Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ, \q2 wɔde yɛn afie ama ananafoɔ. \q1 \v 3 Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom, \q2 yɛn maamenom ayɛ sɛ akunafoɔ. \q1 \v 4 Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsuo a yɛnom; \q2 yɛbɛnya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ. \q1 \v 5 Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ; \q2 Yɛabrɛ na yɛnnya ahomegyeɛ. \q1 \v 6 Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria \q2 sɛdeɛ yɛbɛnya aduane a ɛbɛso yɛn. \q1 \v 7 Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wɔnni hɔ bio, \q2 na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so. \q1 \v 8 Nkoa di yɛn so, \q2 na obiara nni hɔ a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam. \q1 \v 9 Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔdeɛ de pɛ yɛn anoduane, \q2 akofena a ɛwɔ ɛserɛ so no enti. \q1 \v 10 Yɛn honam adɔ sɛ fononoo. \q2 Ɛkɔm ama huraeɛ abɔ yɛn. \q1 \v 11 Wɔato mmaa monnaa wɔ Sion, \q2 ne mmaabunu a wɔwɔ Yuda nkuro so. \q1 \v 12 Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn; \q2 wɔmmfa anidie mma mpanimfoɔ. \q1 \v 13 Mmeranteɛ yɛ adwuma den wɔ ayuoyammoɔ so; \q2 na mmerantewaa nan toto wɔ nnyina duruduru ase. \q1 \v 14 Mpanimfoɔ ntena kuropɔn apono ano bio; \q2 mmeranteɛ agyae wɔn nnwontoɔ. \q1 \v 15 Ahosɛpɛ afiri yɛn akoma mu; \q2 yɛn asa adane agyaadwotwa. \q1 \v 16 Ahenkyɛ afiri yɛn tiri so. \q2 Yɛn ara, yɛnnue sɛ yɛayɛ bɔne! \q1 \v 17 Yei enti yɛn akoma atɔ piti, \q2 yeinom enti yɛn ani so ayɛ kusuu \q1 \v 18 wɔ Sion bepɔ a ada mpan \q2 na sakraman nenam soɔ no enti. \b \q1 \v 19 Wo, Ao \nd Awurade\nd*, di ɔhene afebɔɔ; \q2 wʼahennwa firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ. \q1 \v 20 Adɛn enti na wo werɛ firi yɛn daa yi? \q2 Adɛn enti na wagya yɛn mmerɛ tenten mu yi? \q1 \v 21 Ka yɛn bata wo ho bio, Ao, \nd Awurade\nd*, na yɛatumi aba wo nkyɛn; \q2 yɛ yɛn nna foforɔ sɛ tete no \q1 \v 22 agye sɛ wapo yɛn koraa \q2 anaa sɛ wo bo afu yɛn mmorosoɔ.