\id HOS - Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Hosea \toc1 Odiyifoɔ Hosea Nwoma \toc2 Hosea \toc3 Hos \mt2 Odiyifoɔ \mt1 Hosea \mt2 Nwoma \c 1 \p \v 1 Ɛberɛ a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di ɔhene wɔ Israel no, \nd Awurade\nd* de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn. \s1 Hosea Yere Ne Ne Mma \p \v 2 Ɛberɛ a \nd Awurade\nd* dii ɛkan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔware odwamanfoɔ,\f + \fr 1.2 \fr*\ft Kɔware odwamanfoɔ—Yei ne bɔne kɛseɛ a Onyankopɔn nam Hosea so bɔɔ Israelfoɔ kwaadu.\ft*\f* na wo ne no nwo, ɛfiri sɛ ɔman no di adwamammɔ ho fɔ na wɔnam so atete wɔ ne Onyankopɔn ntam.” \v 3 Enti, ɔwaree Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima maa no. \p \v 4 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no sɛ, “To ne din Yesreel,\f + \fr 1.4 \fr*\ft Yesreel. Asekyerɛ ne “Onyankopɔn na ɔdua.”\ft*\f* ɛfiri sɛ, merebɛtwe ɔhene Yehu fie aso, de atua awudie a ɔdii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahennie bɛba awieeɛ. \v 5 Saa ɛda no, mɛbubu Israel tadua wɔ Yesreel bɔnhwa no mu.” \p \v 6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Hosea sɛ, “To ne din Lo-ruhama ɛfiri sɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa. \v 7 Nanso, mɛyi me dɔ akyerɛ Yudafoɔ. Me \nd Awurade\nd* wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ.” \p \v 8 Ɛberɛ a Gomer twaa Lo-ruhama nufoɔ akyi no, ɔwoo ɔba barima foforɔ. \v 9 Na \nd Awurade\nd* kaa sɛ, “To ne din Lo-ami, ɛfiri sɛ monnyɛ me nkurɔfoɔ na mennyɛ mo Onyankopɔn. \p \v 10 “Nanso, Israelfoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkane wɔn. Beaeɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, wɔbɛka sɛ, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mma.’ \v 11 Na Yudafoɔ ne Israelfoɔ bɛka abɔ mu bio, na wɔbɛyi ɔkwankyerɛfoɔ baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsane afiri nnommum no mu aba. Saa ɛda no bɛyɛ da kɛseɛ ama Yesreel.” \c 2 \p \v 1 “Frɛ wo nuammarimanom ‘Me nkurɔfoɔ’ na frɛ wo nuammaanom ‘Mʼadɔfoɔ.’ ” \s1 Wɔtwe Israel Aso, Gye No To Mu Bio \q1 \v 2 “Ka wo maame anim, ka nʼanim, \q2 na ɔnnyɛ me yere \q2 na mennyɛ ne kunu. \q1 Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim no \q2 na ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu yɛ no. \q1 \v 3 Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntoma \q2 na wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no; \q1 mɛma wayɛ sɛ anweatam, \q2 mɛdane no asase a awo wesee \q2 na mama osukɔm akum no. \q1 \v 4 Merennɔ ne mma, \q2 ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma. \q1 \v 5 Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ \q2 na ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu. \q1 Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi, \q2 wɔn a wɔma me aduane ne nsuo, \q2 ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’ \q1 \v 6 Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan; \q2 mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan. \q1 \v 7 Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn; \q2 ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn. \q1 Afei, ɔbɛka sɛ, \q2 ‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no, \q2 ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’ \q1 \v 8 Ɔnnkae sɛ me na \q2 memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo, \q1 deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so \q2 ma wɔde kɔsom Baal no. \b \q1 \v 9 “Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ, \q2 ne me nsã foforɔ no nso saa ara. \q1 Mɛgye me kuntu ne me nwera, \q2 a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no. \q1 \v 10 Enti afei mɛbɔ no adagya \q2 wɔ nʼadɔfoɔ anim; \q2 obiara rentumi nnye no mfiri me nsam. \q1 \v 11 Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so: \q2 nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ \q2 Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa. \q1 \v 12 Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, \q2 deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no; \q1 mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, \q2 ama wiram mmoa awe. \q1 \v 13 Mɛtwe nʼaso wɔ nna a \q2 ɔhyee aduhwam maa Baal no ho; \q1 ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho, \q2 tu dii nʼadɔfoɔ akyi, \q1 medeɛ ne werɛ firii me,” \q2 deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \b \q1 \v 14 “Enti merekɔdaadaa no; \q2 mede no bɛkɔ anweatam so \q2 na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ. \q1 \v 15 Mɛsane de ne bobe mfuo ama no. \q1 Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no, \q2 anidasoɔ ɛkwan. \q1 Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu no \q2 ne ɛberɛ a ɔfirii Misraim no. \b \q1 \v 16 “Saa ɛda no,” sei na \nd Awurade\nd* seɛ, \q2 “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; \q2 na woremfrɛ me ‘me wura’ bio. \q1 \v 17 Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano; \q2 na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio. \q1 \v 18 Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn, \q2 wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa \q2 ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. \q1 Tadua, mpea ne ɔko, \q2 mɛbra wɔ asase no so \q2 sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu. \q1 \v 19 Mɛware wo afebɔɔ; \q2 mɛyi tenenee ne atɛntenenee, \q2 ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo. \q1 \v 20 Mɛware wo nokorɛ mu, \q2 ama woahunu \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 21 “Saa ɛda no, mɛgye wo so,” \q2 deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \q1 “Mɛgye ɔsoro so, \q2 na ɔsoro de osuo bɛgye asase so, \q1 \v 22 na asase nso bɛgye mfudeɛ so: \q2 bobe foforɔ ne ngo dua, \q1 na wɔn nso agye so sɛ ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua’. \q1 \v 23 Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho; \q2 mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no. \q1 Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ \q2 ‘moyɛ me nkurɔfoɔ’, \q1 na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’ ” \c 3 \s1 Hosea Ne Ne Yere Nkabom \p \v 1 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no sane bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforɔ bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ. Dɔ no, sɛdeɛ \nd Awurade\nd* da so dɔ Israel a, mpo, nnipa no adane wɔn ho kɔ anyame foforɔ nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba taterɛ no.” \p \v 2 Enti, mede gram ɔha aduɔson baako (gram 171) ne atokoɔ kɛntɛn baako (lita 182) ne atokoɔ lita aduɔkron baako kɔpataa no. \v 3 Na meka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wogyae wʼadwamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nnyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wonna.” \p \v 4 Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔmmɔ afɔdeɛ. Wɔrenhunu ɔbosom dum anaa asɔfotadeɛ anaa ahoni nso wɔ hɔ. \v 5 Akyire yi, Israelfoɔ bɛsane akɔhwehwɛ \nd Awurade\nd*, wɔn Onyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn ɔhene no. Wɔde ahopopoɔ bɛba \nd Awurade\nd* nkyɛn na wɔbɛnya ne nhyira wɔ nna a ɛdi akyire no mu. \c 4 \s1 Wɔbɔ Israel Kwaadu \q1 \v 1 Montie \nd Awurade\nd* asɛm, mo Israelfoɔ \q2 ɛfiri sɛ \nd Awurade\nd* wɔ kwaadu de bɔ \q2 mo a mote asase no so: \q1 “Nokorɛ, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so. \q1 \v 2 Nnome nko ara, atorɔtwa ne awudie, \q2 korɔnobɔ, ne awaresɛeɛ \q1 na moyɛ ma ɛtra so, \q2 na mogyahwiegu ba ntoasoɔ ntoasoɔ. \q1 \v 3 Yei enti asase no di awerɛhoɔ \q2 na wɔn a ɛte so nyinaa wuwu; \q1 ewiram mmoa, ewiem nnomaa \q2 ne ɛpo mu nam rewuwu. \b \q1 \v 4 “Mma obiara mmɔ kwaadu, \q2 mma obiara mmɔ ɔfoforɔ soboɔ. \q1 Na mmom, mo asɔfoɔ \q2 mo na me ne mo anya. \q1 \v 5 Mosunti awia ne anadwo, \q2 na adiyifoɔ no ne mo sunti. \q1 Ɛno enti mɛsɛe mo ɔman. \q2 \v 6 Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe. \b \q1 “Sɛ moapo nimdeɛ enti, \q2 me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ; \q1 sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti, \q2 me nso mabu mʼani agu mo mma so. \q1 \v 7 Asɔfoɔ no redɔɔso no \q2 na bɔne a ɛboro soɔ na wɔyɛ tia me. \q2 Wɔde wɔn Animuonyam asesa deɛ ɛyɛ animguaseɛ. \q1 \v 8 Wɔdidi me nkurɔfoɔ bɔne ho \q2 ɛno enti wɔn ani gye atirimuɔdensɛm ho. \q1 \v 9 Sɛdeɛ nnipa no teɛ no, saa ara na asɔfoɔ no nso teɛ. \q2 Metwe wɔn mmienu aso wɔ wɔn akwan ho \q2 na matua wɔn wɔn nneyɛeɛ so ka. \b \q1 \v 10 “Wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. \q2 Wɔbɛbɔ adwaman, nanso wɔrennɔre, \q1 ɛfiri sɛ, wɔagya \nd Awurade\nd* hɔ, \q2 de wɔn ho ama \v 11 adwamammɔ, \q2 nsã dada ne foforɔ, \q2 a ɛma me nkurɔfoɔ \q1 \v 12 nteaseɛ tu yera. \q1 Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asene nkyɛn \q2 na duasin bi ama wɔn mmuaeɛ. \q1 Adwamammɔ honhom rema wɔn ayera ɛkwan; \q2 wɔnni wɔn Onyankopɔn nokorɛ. \q1 \v 13 Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ mmepɔ atifi \q2 na wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ nkokoɔ so: \q1 odum, duafufuo ne odupɔn ase, \q2 deɛ onwunu yɛ fɔmm hɔ. \q1 Ɛno enti, wo mmammaa dane adwamammɔfoɔ \q2 na mo nsenom mmaa nso yɛ awaresɛefoɔ. \b \q1 \v 14 “Merentwe mo mmammaa aso \q2 sɛ wɔadane adwamanfoɔ, \q1 anaa mo nsenom mmaa aso \q2 sɛ wɔasɛe awadeɛ. \q1 Ɛfiri sɛ, mo mmarima, mo nso mote saa ara. \q2 Mo ne baasifoɔ ne abosomfieso adwamanfoɔ \q2 di hwebom. \q1 Nnipa a wɔnni nteaseɛ bɛkɔ ɔsɛeɛ mu! \b \q1 \v 15 “Ɛwom sɛ woyɛ ɔwaresɛefoɔ deɛ, Ao Israel, \q2 nanso, mma Yuda nni ho fɔ. \b \q1 “Nkɔ Gilgal; \q2 na ɛmforo nkɔ Bet Awen. \q1 Na nnka ntam sɛ, ‘Sɛ \nd Awurade\nd* te ase yi!’ \q1 \v 16 Israelfoɔ yɛ asoɔdenfoɔ \q2 te sɛ, nantwie ba a ɔyɛ asowuiɛ \q1 ɛbɛyɛ dɛn na \nd Awurade\nd* ahwɛ wɔn so \q2 sɛ nnwammaa a wɔwɔ adidibea? \q1 \v 17 Efraim de ne ho abɔ ahoni; \q2 Gyaa no! \q1 \v 18 Sɛ wɔn nsã sa koraa a, \q2 wɔtoa wɔn adwamammɔ so; \q1 wɔn sodifoɔ ani gye aniwudeɛ ho yie. \q1 \v 19 Ntwaho mframa bɛpra wɔn akɔ, \q2 na wɔn afɔrebɔ de animguaseɛ bɛbrɛ wɔn. \c 5 \s1 Atemmuo A Ɛtia Israel \q1 \v 1 “Montie mo asɔfoɔ! \q2 Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ! \q1 Monyɛ aso, Ao adehyefie! \q1 Saa atemmuo yi tia mo: \q2 Moayɛ afidie wɔ Mispa, \q2 ne asau a wɔagu no Tabor so. \q1 \v 2 Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. \q2 Mɛtwe wɔn nyinaa aso. \q1 \v 3 Menim Efraim ho nsɛm nyinaa; \q2 wɔmfaa Israel nhintaa me. \q1 Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman; \q2 na Israel aprɔ. \b \q1 \v 4 “Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan \q2 mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn. \q1 Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu; \q2 wɔnnye \nd Awurade\nd* nto mu. \q1 \v 5 Israel ahantan di tia no. \q2 Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu; \q2 Yuda nso ne wɔn sunti saa ara. \q1 \v 6 Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie \q2 kɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* a \q1 Wɔrenhunu no, \q2 ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho. \q1 \v 7 Wɔanni \nd Awurade\nd* nokorɛ. \q2 Wɔwowoo adwamam mma. \q1 Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛ \q2 bɛsɛe wɔn ne wɔn nsase. \b \q1 \v 8 “Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea. \q2 Hyɛn abɛn no wɔ Rama. \q1 Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen; \q2 Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim. \q1 \v 9 Wɔbɛsɛe Efraim \q2 wɔ akontabuo da. \q1 Israel mmusuakuo no mu no \q2 mepae mu ka deɛ ɛwom. \q1 \v 10 Yuda sodifoɔ no te sɛ \q2 wɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ. \q1 Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn so \q2 te sɛ nsuyire. \q1 \v 11 Wɔhyɛ Efraim so, \q2 wɔtiatia ne so wɔ atemmuo mu, \q2 wasi nʼadwene pi sɛ ɔbɛdi ahoni akyi. \q1 \v 12 Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraim \q2 na mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ. \b \q1 \v 13 “Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ, \q2 na Yuda nso hunuu nʼakuro no, \q1 Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria. \q2 Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa. \q1 Nanso wantumi ansa no yadeɛ, \q2 na akuro no nso anwuwu. \q1 \v 14 Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim \q2 na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda. \q1 Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ; \q2 Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn. \q1 \v 15 Afei, mɛsane akɔ me nkyi \q2 kɔsi sɛ wobɛnya ahonu. \q1 Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan; \q2 wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.” \c 6 \s1 Israel Nni Ahonu \q1 \v 1 “Mommra, momma yɛnsane nkɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn. \q2 Wɔatete yɛn mu asinasini \q1 nanso ɔbɛsa yɛn yadeɛ. \q2 Wapirapira yɛn \q2 nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuro. \q1 \v 2 Nnanu akyiri, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; \q2 nansa so, ɔde yɛn bɛsi yɛn siberɛ \q2 na yɛanya nkwa wɔ nʼanim. \q1 \v 3 Momma yɛnnye \nd Awurade\nd* nto mu; \q2 momma yɛn nkɔ so nnye no nto mu. \q1 Sɛdeɛ awia pue da biara no, ɔbɛpue; \q2 ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osuo a ɛtɔ awɔberɛ mu \q2 anaa osutɔberɛ mu nsuo a ɛfɔ asase.” \b \q1 \v 4 “Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Efraim? \q2 Ɛdeɛn na mɛtumi de wo ayɛ, Yuda? \q1 Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, \q2 ɛte sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera. \q1 \v 5 Mede mʼadiyifoɔ twitwaa mo mu asinasini, \q2 mede mʼanum nsɛm kunkumm mo; \q1 mʼatemmuo baa mo so sɛ anyinam. \q1 \v 6 Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, \q2 mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ. \q1 \v 7 Wɔabu apam no so sɛdeɛ Adam yɛeɛ. \q2 Wɔanni me nokorɛ wɔ hɔ. \q1 \v 8 Gilead yɛ atirimuɔdenfoɔ kuropɔn \q2 a mogya anammɔn akeka hɔ. \q1 \v 9 Sɛdeɛ akwanmukafoɔ ka ɛkwan mu no \q2 saa ara na asɔfo kuo no nso yɛ; \q1 wɔdi awu wɔ Sekem kwantempɔn so \q2 yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguaseɛ. \q1 \v 10 Mahunu ahodwiredeɛ wɔ Israel fie. \q2 Ɛhɔ, Efraim kɔ adwamammɔ mu \q2 Israel gu ne ho fi. \b \q1 \v 11 “Na wo Yuda nso, \q2 wɔahyɛ otwa berɛ ama wo. \b \q1 “Ɛberɛ biara a mede me nkurɔfoɔ ahonya asane ama wɔn, \c 7 \q2 \v 1 ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no, \q1 Efraim nnebɔne da adi. \q2 Samaria awurukasɛm nso daa adi. \q1 Wɔyɛ nnaadaafoɔ \q2 akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu, \q2 ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so. \q1 \v 2 Na wɔnhunu sɛ \q2 mekae wɔn nnebɔne nyinaa. \q1 Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so; \q2 ɛgu mʼanim ɛberɛ biara. \b \q1 \v 3 “Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani, \q2 na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani. \q1 \v 4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ \q2 a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. \q1 Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya \q2 ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam. \q1 \v 5 Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no \q2 ahenemma boro nsã, \q2 na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro. \q1 \v 6 Wɔn akoma te sɛ fononoo; \q2 wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim. \q1 Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; \q2 adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa. \q1 \v 7 Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo. \q2 Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ. \q1 Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase \q2 na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me. \b \q1 \v 8 “Efraim ne aman no adi afra \q2 Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ. \q1 \v 9 Ananafoɔ twe nʼahoɔden, \q2 nanso ɔnhunu. \q1 Ɛdwono aba ne tiri so, \q2 nanso nʼani mmaa so. \q1 \v 10 Israel ahantan di adanseɛ tia no, \q2 nanso yei nyinaa akyi no \q1 ɔnnsane nkɔ \nd Awurade\nd* ne Onyankopɔn nkyɛn, \q2 na ɔnhwehwɛ no nso. \b \q1 \v 11 “Efraim te sɛ aborɔnoma a \q2 wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene. \q1 Ɔfrɛ Misraim, \q2 na wadane akɔ Asiria. \q1 \v 12 Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so; \q2 atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa. \q1 Sɛ mete sɛ wɔretu abom a, \q2 mɛkyere wɔn. \q1 \v 13 Nnome nka wɔn, \q2 ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho! \q1 Ɔsɛeɛ mmra wɔn so, \q2 ɛfiri sɛ wɔate me so atua! \q1 Anka mepɛ sɛ megye wɔn \q2 nanso wotwa atorɔ fa me ho. \q1 \v 14 Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me \q2 mmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so. \q1 Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ, \q2 nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho. \q1 \v 15 Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den, \q2 nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me. \q1 \v 16 Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; \q2 wɔte sɛ tadua a asɛeɛ, \q1 wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano \q2 ɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so. \q1 Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛ \q2 wɔ Misraim asase so. \c 8 \s1 Israel Bɛtwa Ntwahoframa Aba \q1 \v 1 “Monhyɛn totorobɛnto! \q2 Ɔkɔdeɛ bi wɔ \nd Awurade\nd* fiefoɔ so \q1 ɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam so \q2 na wɔasɔre atia me mmara. \q1 \v 2 Afei, Israel su frɛ me sɛ, \q2 ‘Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!’ \q1 \v 3 Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ; \q2 ɔtamfoɔ bɛtaa no. \q1 \v 4 Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee \q2 wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so. \q1 Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho \q2 de sɛeɛ wɔn ankasa ho. \q1 \v 5 To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria! \q2 Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so. \q1 Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn? \q2 \v 6 Wɔfiri Israel! \q1 Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ; \q2 ɛnyɛ Onyankopɔn! \q1 Wɔbɛbubu mu asinasini, \q2 saa Samaria nantwie ba no. \b \q1 \v 7 “Wɔdua mframa \q2 na wɔtwa ntwahoframa. \q1 Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire; \q2 enti wɔrennya esam mfiri mu. \q1 Sɛ ɛso aduane mpo a, \q2 ahɔhoɔ na wɔbɛdi. \q1 \v 8 Wɔamene Israel; \q2 afei ɔfra aman no mu \q1 te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara. \q1 \v 9 Na wɔakɔ Asiria \q2 te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam. \q2 Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ. \q1 \v 10 Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ, \q2 nanso mɛboaboa wɔn ano. \q1 Wɔn so bɛfiri aseɛ ate \q2 wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase. \b \q1 \v 11 “Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ, \q2 ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so. \q1 \v 12 Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, \q2 nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ. \q1 \v 13 Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ \q2 na wɔwe ɛnam no, \q1 nanso wɔnsɔ \nd Awurade\nd* ani. \q2 Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm \q1 na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: \q2 Wɔbɛsane akɔ Misraim. \q1 \v 14 Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ \q2 na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ; \q1 Yuda abɔ nkuro bebree ho ban. \q2 Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya \q2 a ɛbɛhye wɔn aban.” \c 9 \s1 Israel Asotwe \q1 \v 1 Nni ahurisie, Ao Israel; \q2 nsɛpɛ wo ho te sɛ aman a aka no. \q1 Ɛfiri sɛ woanni wo Onyankopɔn nokorɛ, \q2 wʼani gye adwamammɔ ho \q2 wɔ ayuporobea nyinaa so. \q1 \v 2 Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane; \q2 nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn. \q1 \v 3 Wɔrentena \nd Awurade\nd* asase no so bio; \q2 Efraim bɛsane akɔ Misraim \q2 na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria. \q1 \v 4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma \nd Awurade\nd*, \q2 na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. \q1 Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka; \q2 wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi. \q1 Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea \q2 na wɔrentumi mmfa nkɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu. \q1 \v 5 Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no \q2 ne \nd Awurade\nd* afahyɛ nna no nso? \q1 \v 6 Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a \q2 Misraim bɛboaboa wɔn ano, \q2 na Memfis bɛsie wɔn. \q1 Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira, \q2 na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ. \q1 \v 7 Asotwe nna no reba, \q2 akontabuo nna no aduru; \q1 ma Israel nhunu yei. \q2 Esiane mo bɔne bebrebe \q1 ne mo akokoakoko a adɔɔso enti \q2 mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea \q2 na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ. \q1 \v 8 Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn \q2 yɛ Efraim so wɛmfoɔ, \q1 nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so, \q2 na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma. \q1 \v 9 Wɔaduru porɔeɛ bunu mu, \q2 sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu. \q1 Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden \q2 na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho. \b \q1 \v 10 “Ɛberɛ a mehunuu Israel no, \q2 na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so; \q1 ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no, \q2 na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so. \q1 Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no \q2 wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. \q2 Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no. \q1 \v 11 Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa, \q2 nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu. \q1 \v 12 Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a, \q2 mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. \q1 Wɔnnue, \q2 sɛ meyi mʼani firi wɔn so a! \q1 \v 13 Mahunu Efraim te sɛ Tiro, \q2 a ɛda baabi a ɛyɛ. \q1 Nanso Efraim de ne mma \q2 bɛbrɛ okumfoɔ no.” \b \q1 \v 14 Fa ma wɔn, Ao, \nd Awurade\nd*, \q2 ɛdeɛn na wode bɛma wɔn? \q1 Ma wɔn yafunu a ɛpɔn \q2 ne nufoɔ a nufosuo nni muo. \b \q1 \v 15 “Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii wɔ Gilgal enti, \q2 mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ. \q1 Wɔn nnebɔne enti \q2 mɛpam wɔn afiri me fie. \q1 Merennɔ wɔn bio; \q2 ɛfiri sɛ wɔn ntuanofoɔ nyinaa yɛ atuatefoɔ. \q1 \v 16 Efraim agyigya, \q2 ne nhini akusa, \q1 enti wɔnso aba. \q2 Sɛ wɔwo mma mpo a, \q2 mɛkunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.” \b \q1 \v 17 Me Onyankopɔn bɛpo wɔn, \q2 ɛfiri sɛ, wɔannyɛ ɔsetie amma no; \q2 Wɔbɛkyinkyini aman no mu. \c 10 \q1 \v 1 Israel yɛɛ bobe a ɛretrɛtrɛ; \q2 ɔsoo aba maa ne ho. \q1 Ɛberɛ a nʼaba redɔɔso no, \q2 ɔsisii afɔrebukyia bebree; \q1 nʼasase rekɔ so yɛ yie no \q2 ɔsiesie nʼabosom dum kronkron no. \q1 \v 2 Nnaadaasɛm wɔ wɔn akoma mu, \q2 enti ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe. \q1 \nd Awurade\nd* bɛbubu wɔn afɔrebukyia, \q2 na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no. \q1 \v 3 Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene, \q2 ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma \nd Awurade\nd*. \q1 Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a, \q2 ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?” \q1 \v 4 Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree, \q2 Wɔka ntam hunu \q1 na wɔyɛ apam ahodoɔ; \q2 ɛno enti mansotwe sɔresɔre \q1 te sɛ wira a borɔ wɔ mu \q2 a afifiri asase a wɔafuntum so. \q1 \v 5 Nnipa a wɔte Samaria no suro ma \q2 Bet Awen nantwie ba ohoni no. \q1 Ne nkurɔfoɔ bɛsu. \q2 Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ, \q1 wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no. \q2 Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu. \q1 \v 6 Wɔde no bɛkɔ Asiria, \q2 de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam. \q1 Ɛbɛgu Efraim anim ase; \q2 na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho. \q1 \v 7 Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ \q2 te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani. \q1 \v 8 Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. \q1 Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ, \q2 na akata wɔn afɔrebukyia so. \q1 Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!” \q2 na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!” \b \q1 \v 9 “Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel, \q2 na ɛhɔ na woaka. \q1 Na ɔko rentwi amfa \q2 amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa? \q1 \v 10 Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; \q2 aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. \q2 Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho. \q1 \v 11 Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no, \q2 a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma, \q1 enti mede kɔnnua \q2 bɛto ne kɔn fɛfɛ mu. \q1 Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan, \q2 ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, \q1 na Yakob nso siesie so. \q1 \v 12 Dua tenenee aba ma wo ho, \q2 twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, \q1 siesie wʼasase a wɔmfuntum so no; \q2 na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ \nd Awurade\nd*, \q1 kɔsi sɛ ɔbɛba \q2 abɛpete tenenee agu wo so. \q1 \v 13 Nanso, woadua atirimuɔden aba, \q2 na woatwa aba bɔne. \q1 Woadi nnaadaa aba. \q2 Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden \q1 ne wʼakodɔm bebrebe no so, \q1 \v 14 ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ, \q2 na wʼaban nyinaa bɛsɛe, \q1 sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, \q2 da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no. \q1 \v 15 Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El, \q2 ɛfiri sɛ wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso. \q1 Sɛ ɛda no duru a, \q2 Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa. \c 11 \s1 Onyankopɔn Dɔ A Ɔdɔ Israel \q1 \v 1 “Ɛberɛ a Israel yɛ abɔfra no, na me dɔ no, \q2 na Misraim na mefrɛɛ me babarima firiiɛ. \q1 \v 2 Nanso mpɛn dodoɔ a mefrɛɛ Israel no, \q2 saa ara na wɔdwane firii me nkyɛn. \q1 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahoni, \q2 na wɔhyee nnuhwam maa nsɛsodeɛ. \q1 \v 3 Me na megyegyee Efraim taataa, \q2 meturu no wɔ mʼabasa so; \q1 nanso, wɔnkae sɛ \q2 me na mesaa wɔn yadeɛ. \q1 \v 4 Mede ayamyɛ ahoma \q2 ne ɔdɔ dii wɔn anim; \q1 meyii kɔnnua no firii wɔn kɔn mu \q2 na mekoto maa wɔn aduane diiɛ. \b \q1 \v 5 “Wɔbɛsane akɔ Misraim, \q2 na Asiria adi wɔn so, \q2 ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti. \q1 \v 6 Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu \q2 na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban \q2 na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa. \q1 \v 7 Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn. \q2 Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a \q1 ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so. \b \q1 \v 8 “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim? \q1 Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel? \q2 Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? \q1 Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? \q2 Mʼakoma asesa wɔ me mu; \q2 na mʼahummɔborɔ ahwanyane. \q1 \v 9 Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ, \q2 ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso. \q1 Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa. \q2 Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu. \q2 Meremma wɔ abufuo mu. \q1 \v 10 Wɔbɛdi \nd Awurade\nd* akyi. \q2 Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata. \q1 Na sɛ ɔbobɔm a, \q2 ne mma de ahopopoɔ bɛfiri atɔeɛ aba. \q1 \v 11 Wɔde ahopopoɔ bɛba \q2 te sɛ nnomaa a wɔfiri Misraim \q1 te sɛ mmorɔnoma a wɔfiri Asiria. \q2 Mɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn afie mu,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \s1 Israel Bɔne \q1 \v 12 Efraim de atorɔ atwa me ho ahyia, \q2 Israel efie nso wɔde nnaadaa. \q1 Yuda abɔ Onyankopɔn so ko \q2 mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafoɔ no. \c 12 \q1 \v 1 Efraim de mframa ayɛ aduane; \q2 ɔdi apueeɛ mframa akyi daa \q1 na ɔdi atorɔ yɛ akakabensɛm bebree. \q2 Ɔne Asiria yɛ apam \q2 na ɔde ngo kɔ Misraim. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* wɔ soboɔ de bɔ Yuda; \q2 ɔbɛtwe Yakob aso, wɔ nʼakwan ho \q2 na watua no ne nneyɛeɛ so ka. \q1 \v 3 Ɔyafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin; \q2 ɔnyiniiɛ no, ɔne Onyankopɔn pepree so. \q1 \v 4 Ɔne ɔbɔfoɔ tentameeɛ dii ne so nkonim; \q2 ɔde nisuo srɛɛ ne nkyɛn adom. \q1 Ɔhunuu no wɔ Bet-El \q2 ne no kasaa wɔ hɔ. \q1 \v 5 Asafo \nd Awurade\nd* Onyankopɔn, \q2 \nd Awurade\nd* ne ne din a ahyeta! \q1 \v 6 Ɛsɛ sɛ wo sane kɔ wo Onyankopɔn nkyɛn. \q2 Tena ɔdɔ ne tenenee mu, \q2 na twɛn wo Onyankopɔn daa. \q1 \v 7 Ɔdwadini de nsisie nsania yɛ nʼadwuma; \q2 nʼani gye nsisie ho. \q1 \v 8 Efraim hoahoa ne ho sɛ, \q2 “Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho. \q1 Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunu \q2 amumuyɛ biara wɔ me ho.” \b \q1 \v 9 “Mene \nd Awurade\nd* wo Onyankopɔn, \q2 a meyii wo firii Misraim. \q1 Mɛma woakɔtena ntomadan mu bio \q2 sɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no. \q1 \v 10 Mekasa kyerɛɛ adiyifoɔ, \q2 memaa wɔn anisoadehunu bebree \q2 na mefaa wɔn so kaa mmɛbusɛm.” \q1 \v 11 Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa? \q2 Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ! \q1 Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa? \q2 Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔ \q2 a wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ. \q1 \v 12 Yakob dwane kɔɔ Aramfoɔ asase so; \q2 Israel someeɛ de nyaa yere, \q2 ɔhwɛɛ nnwan de tua etiri nsa. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* nam odiyifoɔ so \q2 yii Israel firii Misraim, \q2 ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no. \q1 \v 14 Nanso, Efraim ahyɛ no abufuo yaayaaya; \q2 nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdie ada ne so \q1 na ɔbɛtua nʼanimtiabuo no so ka. \c 13 \s1 \nd Awurade\nd* Abufuo A Ɛtia Israel \q1 \v 1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; \q2 wɔpagyaa no wɔ Israelman mu. \q2 Nanso Baalsom enti, ɔnyaa afɔbuo na ɔwuiɛ. \q1 \v 2 Afei, wɔkɔ so yɛ bɔne ara; \q2 wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, \q1 nsɛsodeɛ no nyinaa no. \q2 Adwumfoɔ no nam nyansakwan so na ayeyɛ. \q1 Wɔka nnipa yi ho asɛm sɛ, \q2 “Wɔde nnipa bɔ afɔdeɛ \q2 na wɔfe anantwie mma ahoni ano.” \q1 \v 3 Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum \q2 sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera, \q1 sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea \q2 sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ. \b \q1 \v 4 “Nanso mene \nd Awurade\nd* wo Onyankopɔn, \q2 a meyii wo firii Misraim. \q1 Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me, \q2 anaa Ɔgyefoɔ biara sɛ me. \q1 \v 5 Mehwɛɛ wo wɔ anweatam so, \q2 asase a ɛso yɛ hye yie no so. \q1 \v 6 Memaa wɔn aduane no, wɔdi meeɛ; \q2 wɔmeeɛ no, wɔyɛɛ ahantan; \q2 na wɔn werɛ firii me. \q1 \v 7 Enti, mɛto ahyɛ wɔn so sɛ gyata, \q2 mɛtɛ wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ. \q1 \v 8 Mɛto ahyɛ wɔn so na matete wɔn mu \q2 te sɛ sisire bi a wɔawia ne mma. \q1 Mɛwe wɔn te sɛ gyata; \q2 wiram aboa bɛsunsuan wɔn mu. \b \q1 \v 9 “Wɔasɛe wo, Ao Israel, \q2 ɛfiri sɛ woasɔre atia me, \q2 me a meyɛ wo ɔboafoɔ. \q1 \v 10 Wo ɔhene a ɔbɛgye wo no wɔ he? \q2 Wo sodifoɔ a wɔwɔ wo nkuro so wɔ he, \q1 wɔn a wokaa wɔ wɔn ho sɛ, \q2 ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no? \q1 \v 11 Enti mʼabufuo mu, memaa wo ɔhene, \q2 na mʼanibereɛ mu no, meyii no hɔ. \q1 \v 12 Efraim afɔdie no wɔaboaboa ano \q2 wɔatwerɛ ne bɔne agu hɔ. \q1 \v 13 Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ, \q2 na abɔfra no nnim nyansa nti; \q1 sɛ berɛ no duru a, \q2 ɔmma awotwaa no ano. \b \q1 \v 14 “Mɛpata agye wɔn afiri damena tumi mu. \q2 Mɛgye wɔn afiri owuo nsam. \q1 Owuo wo nwowɔeɛ wɔ he? \q2 Asaman wo sɛeɛ wɔ he? \b \q1 “Merennya ayamhyehyeɛ, \q2 \v 15 mpo sɛ ɔyɛ yie wɔ ne nuanom mu a. \q1 Apueeɛ mframa a ɛfiri \nd Awurade\nd* hɔ bɛba, \q2 ɛbɛbɔ afiri anweatam so; \q1 osuo rentɔ osutɔberɛ \q2 na nʼabura bɛwe. \q1 Wɔbɛfom nʼakoradan mu nneɛma \q2 deɛ ɛsom bo no nyinaa. \q1 \v 16 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdie to mu, \q2 ɛfiri sɛ wɔayɛ ɛdɔm atia wɔn Onyankopɔn. \q1 Wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano; \q2 wɔbɛtoto wɔn mmɔfra ahwehwe fam, \q2 wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.” \c 14 \s1 Ahonu De Nhyira Ba \q1 \v 1 Ao Israel, sane wʼakyi kɔ \nd Awurade\nd* wo Onyankopɔn nkyɛn. \q2 Wʼahweaseɛ firi wo bɔne! \q1 \v 2 Fa wo nsɛm a wowɔ \q2 sane kɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn. \q1 Ka kyerɛ no sɛ, \q2 “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, \q1 na fa ahummɔborɔ gye yɛn, \q2 na yɛatumi ayi wo ayɛ. \q1 \v 3 Asiria rentumi nnye yɛn; \q2 yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so. \q1 Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’ \q2 nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, \q2 na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.” \b \q1 \v 4 “Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ. \q2 Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn, \q2 ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio. \q1 \v 5 Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel. \q2 Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko. \q1 Te sɛ Lebanon ntweneduro no \q2 ɔde ne nhini bɛtim fam; \q2 \v 6 ne mman bɛdennan. \q1 Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua, \q2 na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro. \q1 \v 7 Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio. \q2 Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo. \q1 Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe, \q2 na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon. \q1 \v 8 Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? \q2 Mɛgye no so na mʼani aku ne ho. \q1 Mete sɛ dua a nʼahahan mpo; \q2 sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.” \b \q1 \v 9 Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu. \q2 Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase. \q1 \nd Awurade\nd* akwan tene. \q2 Ateneneefoɔ nante so, \q2 nanso asoɔdenfoɔ sunti so.