\id HAG - Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Hagai \toc1 Odiyifoɔ Hagai Nwoma \toc2 Hagai \toc3 Hag \mt2 Odiyifoɔ \mt1 Hagai \mt2 Nwoma \c 1 \s1 Asɔredan Sie Ho Nkaebɔ \p \v 1 Ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi ɛkan wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, \nd Awurade\nd* nam Odiyifoɔ Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua. \v 2 Asɛm a Asafo \nd Awurade\nd* ka nie: “Nnipa no reka sɛ, ‘Ɛberɛ no nnya nnuruiɛ sɛ wɔsi \nd Awurade\nd* fie no.’ ” \p \v 3 Afei, \nd Awurade\nd* de saa asɛm yi faa Odiyifoɔ Hagai so: \v 4 “Saa ɛberɛ yi a me fie yi abubuo yi, ɛna mo deɛ motete mo afie a wɔaduradura mu yi anaa?” \p \v 5 Asɛm a, Asafo \nd Awurade\nd* ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie. \v 6 Moduaa bebree, nanso motwaa kakraa bi. Modidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntadeɛ, nanso ɛnka mo hye. Monya akatua, na mode gu sikabɔtɔ a wɔatuetue mu ntokuro mu.” \p \v 7 Asɛm a Otumfoɔ \nd Awurade\nd* ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie. \v 8 Afei, momforo nkɔ nkokoɔ no atifi, na momfa nnua mmra mmɛsi me fie no. Na mʼani bɛgye ho, na wɔahyɛ me animuonyam.” Saa na \nd Awurade\nd* ka. \v 9 “Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mehu guiɛ. Ɛdeɛn ntira?” Ɛfiri sɛ, “me fie abubu.” Saa na Asafo \nd Awurade\nd* ka, “ɛberɛ a mo ani abere resisi mo afie. \v 10 Mo enti na ɔsoro akyere ɛbɔ agyina, na asase nso akyere mo mfudeɛ. \v 11 Mahyɛ ɔpɛ sɛ ɛnsi mo mfuo ne nkokoɔ so; ɔpɛ a ɛbɛhye mo atokoɔ ne mo bobe ne mo ngo dua ne mo mfudeɛ, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ɛbɛsi mo ne mo anantwie mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.” \s1 Nkaebɔ No So Die \p \v 12 Ɛnna Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no tiee asɛm a ɛfiri \nd Awurade\nd*, wɔn Onyankopɔn, ne Odiyifoɔ Hagai a \nd Awurade\nd*, wɔn Onyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa \nd Awurade\nd*. \v 13 Na Hagai, \nd Awurade\nd* somafoɔ no, de saa asɛm yi a ɛfiri \nd Awurade\nd* nkyɛn maa nkurɔfoɔ no: “Meka mo ho.” Saa na \nd Awurade\nd* seɛ. \v 14 Ɛno enti, \nd Awurade\nd* kanyanee Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no nyinaa. Wɔbɛhyɛɛ wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo \nd Awurade\nd*, wɔn Onyankopɔn, fie no ase, \v 15 wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan no. \c 2 \s1 Asɔredan No Animuonyam \p \v 1 Ɛda a ɛtɔ so aduonu baako wɔ bosome a ɛtɔ so nson no, \nd Awurade\nd* de asɛm faa Odiyifoɔ Hagai so sɛ: \v 2 “Ka yei kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn sɛ, \v 3 ‘Mo a mo aka yi mu hwan na ɔhunuu saa fie yi animuonyam sɛdeɛ na ɛteɛ kane no? Ɛte mo sɛn ɛnnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee seesei anaa? \v 4 Enti, Serubabel, nya akokoɔduru seesei.’ Saa na \nd Awurade\nd* seɛ, ‘Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoɔduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so seesei no, monnya akokoɔduru. \nd Awurade\nd* na ɔseɛ. Monnya akokoɔduru na monnyɛ adwuma, ɛfiri sɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo \nd Awurade\nd* ka. \v 5 ‘Yei ne apam a me ne mo yɛeɛ ɛberɛ a mofirii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno enti monnsuro.’ \p \v 6 “Yei ne asɛm a Asafo \nd Awurade\nd* seɛ. ‘Ɛrenkyɛre biara, mɛwoso ɔsoro ne asase bio. Mɛwoso ɛpo hahanaa ne asase kesee nso. \v 7 Mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa anidasoɔ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ saa fie ha ma.’ Saa na Asafo \nd Awurade\nd* seɛ. \v 8 ‘Dwetɛ no yɛ me dea. Na sikakɔkɔɔ yɛ me dea.’ Sei na Asafo \nd Awurade\nd* seɛ. \v 9 ‘Saa fie yi animuonyam bɛkorɔn asene nʼanimuonyam a atwam no.’ Saa na Asafo \nd Awurade\nd* ka. ‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha.’ Me, Asafo \nd Awurade\nd* na makasa.” \s1 Ɔsetie Mu Nhyira Ho Bɔhyɛ \p \v 10 Ɔhene Dario adedie mfeɛ mmienu mu, ɔbosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, \nd Awurade\nd* kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Hagai. \v 11 “Asɛm a Asafo \nd Awurade\nd* ka nie: ‘Mommisa asɔfoɔ no deɛ mmara no ka. \v 12 Sɛ ɛnam kronkron bi hyɛ obi atadeɛ mmuano mu, na sɛ ɛho kɔ ka burodo anaa abɔmu, nsã anaa ngo anaa aduane foforɔ bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron anaa?’ ” \p Asɔfoɔ no buaa sɛ: “Dabi.” \p \v 13 Na Hagai bisaa sɛ, “Na sɛ obi nso de ne ho ka efunu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiri nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a, na wɔagu ho fi anaa?” \p Na asɔfoɔ no buaa sɛ, “Aane.” \p \v 14 Afei, Hagai kaa sɛ, “ ‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi teɛ.’ Saa na Awurade seɛ. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi. \p \v 15 “ ‘Enti, ɛfiri ɛnnɛ, monnwene saa adeɛ yi ho yie. Monkae sɛdeɛ na nneɛma teɛ, ansa na moreto \nd Awurade\nd* asɔredan no fapem no. \v 16 Ɛberɛ a modwene sɛ mobɛnya mfudeɛ susukora aduonu no, monyaa edu pɛ. Ɛberɛ a mode mo ani buu sɛ mobɛnya gyare aduonum afiri nsakyibea no, monyaa aduonu pɛ. \v 17 Memaa yadeɛ a ɛsɛe mfudeɛ, ɛbɔ ne ampariboɔ bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso, moampɛ sɛ mobɛsane aba me nkyɛn. Saa na \nd Awurade\nd* seɛ. \v 18 Ɛfiri ɔbosome a ɛtɔ so nkron, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan yi, monnwene da a wɔtoo \nd Awurade\nd* asɔredan fapem no ho yie. \v 19 Aba bi aka asan no so anaa? Ɛbɛsi ɛnnɛ, bobe, borɔdɔma, ateaa ne ngo dua aso wɔn aba anaa? \p “ ‘Ɛfiri saa da yi rekorɔ no, mɛhyira mo.’ ” \s1 Ɛbɔ A Wɔahyɛ Serubabel \p \v 20 \nd Awurade\nd* asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔbosome no da a ɛtɔ aduonu ɛnan: \v 21 “Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no sɛ, merebɛwoso ɔsoro ne asase. \v 22 Mɛbutu ahennwa, na masɛe ananafoɔ ahemman no tumi. Mɛdane wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutu. Apɔnkɔ akafoɔ no bɛhwehwe ase na wɔakunkum wɔn ho. \p \v 23 “ ‘Ɛda no’ Asafo \nd Awurade\nd* ka sɛ, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me ɔsomfoɔ Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔano kawa, ɛfiri sɛ mayi wo.’ Me Asafo \nd Awurade\nd*, na makasa.”