\id AMO - Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Amos \toc1 Odiyifoɔ Amos Nwoma \toc2 Amos \toc3 Amos \mt2 Odiyifoɔ \mt1 Amos \mt2 Nwoma \c 1 \p \v 1 Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no. \b \b \p \v 2 Ɔkaa sɛ: \q1 “\nd Awurade\nd* bobom firi Sion bepɔ so \q2 na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem; \q1 nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye \q2 na Karmel atifi nso kusa.” \s1 Atemmuo A Ɛfa Amanamanmufoɔ Ahodoɔ Ho \p \v 3 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q1 “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so \q2 ɛno enti, merennane mʼabufuo. \q1 Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se \q2 dwerɛɛ Gilead. \q1 \v 4 Mede ogya bɛto Hasael efie \q2 na ahye Ben-Hadad aban no. \q1 \v 5 Mɛbubu Damasko apono, \q2 na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no \q1 ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no. \q2 Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \q1 \v 6 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q1 “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q2 ɛno enti, merennane mʼabufuo no. \q1 Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum \q2 na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ. \q1 \v 7 Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu, \q2 na ahye nʼaban no. \q1 \v 8 Mɛsɛe Asdod ɔhene no \q2 ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no. \q1 Mɛdane me nsa atia Ekron, \q2 kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,” \q1 sɛdeɛ Asafo \nd Awurade\nd* seɛ nie. \p \v 9 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q1 “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q2 ɛno enti, merennane mʼabufuo. \q1 Ɔfaa ɔman mu no nnommum \q2 na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ, \q2 a wankae onuadɔ apam. \q1 \v 10 Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu, \q2 na ahye nʼaban.” \p \v 11 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q2 “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q1 ɛno enti, merennane mʼabufuo. \q2 Ɔde akofena taataa ne nua, \q2 a wannya ayamhyehyeɛ biara. \q1 Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ \q2 na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano. \q1 \v 12 Mede ogya bɛto Teman mu, \q2 na ahye Bosra aban.” \q1 \v 13 Sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q2 “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q2 ɛno enti, merennane mʼabufuo. \q1 Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu \q2 de trɛɛ nʼahyeɛ mu. \q1 \v 14 Mede ogya bɛto Raba afasuo mu \q2 na ahye nʼaban \q1 wɔ ɔko da mu nteateam \q2 ne ahum da ntwaho mframa mu. \q1 \v 15 Na ne ɔhene ne mmapɔmma \q2 bɛbom akɔ nnommumfa mu,” \q1 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \c 2 \p \v 1 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q2 “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q1 ɛno enti, merennane mʼabufuo. \q2 Ɔhyee Edomhene nnompe, \q2 ma ɛdanee nsõ. \q1 \v 2 Mede ogya bɛto Moab mu, \q2 na ahye Keriot aban. \q1 Moab bɛhwe ase wɔ hooyɛ, \q2 ɔko nteateamu ne totorobɛnto nnyegyeeɛ mu. \q1 \v 3 Mɛsɛe ne sodifoɔ \q2 na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \q1 \v 4 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q2 “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q1 ɛno enti, merennane mʼabufuo. \q2 Wɔapo \nd Awurade\nd* mmara no \q1 na wɔanni nʼahyɛdeɛ so \q2 ɛfiri sɛ atorɔ anyame no \q1 ama wɔafom ɛkwan no, \q2 anyame a wɔn nananom dii akyire no. \q1 \v 5 Mede ogya bɛto Yuda mu \q2 na ahye Yerusalem aban.” \s1 Israel Atemmuo \p \v 6 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q1 “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q2 ɛno enti, merennane mʼabufuo. \q1 Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ, \q2 ne ahiafoɔ de gye mpaboa. \q1 \v 7 Wɔtiatia ahiafoɔ so \q2 te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo \q2 na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ. \q1 Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da \q2 de gu me din kronkron no ho fi. \q1 \v 8 Wɔdeda afɔrebukyia biara ho \q2 wɔ wɔn awowa ntoma so. \q1 Wɔ wɔn anyame efie no mu no \q2 wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ. \b \q1 \v 9 “Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim, \q2 ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro. \q2 Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum. \q1 Mesɛee nʼaba wɔ ne soro, \q2 ne ne nhini wɔ nʼase. \q1 \v 10 Meyii wo firii Misraim, \q2 na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ so \q1 sɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo. \q1 \v 11 Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ, \q2 ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ. \q1 Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?” \q2 Deɛ \nd Awurade\nd* bisa nie. \q1 \v 12 “Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsã \q2 na mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm. \b \q1 \v 13 “Na afei, mɛdwerɛ mo \q2 sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no. \q1 \v 14 Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane. \q2 Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden, \q1 na akofoɔ rennya ne ho ntete. \q1 \v 15 Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina. \q2 Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane, \q2 na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa. \q1 \v 16 Mpo akofoɔ akokoɔdurufoɔ \q2 de adagya bɛdwane wɔ saa da no,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \c 3 \s1 Wɔfrɛ Adansefoɔ Tia Israel \p \v 1 Montie saa asɛm a \nd Awurade\nd* aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa: \q1 \v 2 “Mo nko ara na mayi mo \q2 wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; \q2 enti mɛtwe mo aso \q2 wɔ mo bɔne nyinaa ho.” \b \q1 \v 3 Nnipa baanu bɛtumi abom anante, \q2 wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa? \q1 \v 4 Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase \q2 wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa? \q1 Ɔpɔ so wɔ ne buo mu \q2 wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa? \q1 \v 5 Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam \q2 wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa? \q1 Afidie hwan wɔ \q2 ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa? \q1 \v 6 Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a \q2 nnipa no ho mpopo anaa? \q1 Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a \q2 ɛnyɛ \nd Awurade\nd* na ɔyɛeɛ anaa? \b \q1 \v 7 Ampa ara, Otumfoɔ \nd Awurade\nd* nnyɛ biribi \q2 a ɔnna ne nhyehyeɛ adi \q2 nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no. \b \q1 \v 8 Gyata no abobom, \q2 hwan na ɔnnsuro? \q1 Otumfoɔ \nd Awurade\nd* akasa, \q2 hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm? \b \q1 \v 9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban \q2 ne Misraim aban: \q1 “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so; \q2 hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so \q2 ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.” \b \q1 \v 10 “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \q1 Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia \q2 sie wɔ wɔn aban mu. \p \v 11 Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* seɛ, \q1 “Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so; \q2 Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu, \q2 na wafo wʼaban.” \p \v 12 Deɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q2 “Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye \q1 nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin \q2 firi gyata anom no, \q1 saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa, \q2 wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria, \q2 ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.” \p \v 13 “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ \nd Awurade\nd*, Asafo \nd Awurade\nd* Onyankopɔn seɛ nie. \q1 \v 14 “Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, \q2 mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El; \q1 wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn \q2 na abu ahwe fam. \q1 \v 15 Mɛdwiri awɔberɛ efie \q2 ne ahuhuro berɛ efie agu; \q1 na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no \q2 na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \c 4 \s1 Israel Nsane Nkɔɔ Onyankopɔn Nkyɛn \q1 \v 1 Montie asɛm yi, mo Basan “anantwie” a mowɔ Bepɔ Samaria so, \q2 mo mmaa a mohyɛ ahiafoɔ so, na moka mmɔborɔwa hyɛ \q1 na moka kyerɛ mo kununom sɛ, “Mommrɛ yɛn nsã!” \q1 \v 2 Otumfoɔ \nd Awurade\nd* de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ, \q2 “Ampa ara ɛberɛ no bɛba \q1 a wɔde nkawa bɛtwe mo akɔ \q2 mo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no. \q1 \v 3 Momu biara bɛpue akɔ, \q2 na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu, \q1 na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \q1 \v 4 “Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne \q2 na monkɔ Gilgal\f + \fr 4.4 \fr*\ft Bet-El…Gilgal: Saa nkuro mmienu yi yɛ nkuro a abakɔsɛm mu wɔde kae Awurade mmoa. Na saa nkuro yi yɛ mmeaeɛ a na wɔsom Onyankopɔn wɔ hɔ wɔ Amos berɛ so.\ft*\f* na mo nkɔyɛ bɔne ara. \q1 Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara, \q2 na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara. \q1 \v 5 Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ; \q2 Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho, \q1 na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ, \q2 na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,” \q2 sɛdeɛ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \b \q1 \v 6 “Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu \q2 na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so, \q1 nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \b \q1 \v 7 “Mesane de osutɔ kamee mo \q2 ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru. \q1 Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so \q2 na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so. \q1 Afuo baako nyaa osutɔ \q2 afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ. \q1 \v 8 Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo \q2 nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom, \q1 nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \b \q1 \v 9 “Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ \q2 ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so. \q1 Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua, \q2 nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \b \q1 \v 10 “Mede ɔyaredɔm baa mo so \q2 sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no, \q1 mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ \q2 ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum. \q2 Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu, \q1 nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \b \q1 \v 11 “Metuu mo mu bi guiɛ \q2 sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no. \q1 Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu. \q2 Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \q1 \v 12 “Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie, \q2 na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti, \q1 siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.” \b \q1 \v 13 Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa \q2 na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, \q1 deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum \q2 na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no. \q2 Asafo \nd Awurade\nd* Onyankopɔn ne ne din. \c 5 \s1 Ahunu Ne Adwensakyera \p \v 1 Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho: \q1 \v 2 “Ɔbabunu Israel ahwe ase \q2 a ɔrensɔre bio, \q1 wɔapo no ɔno ara asase so, \q2 na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.” \p \v 3 Deɛ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* seɛ nie: \q1 “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no, \q2 emu ɔha pɛ na ɛbɛka; \q1 Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no, \q2 emu edu pɛ na ɛbɛka.” \p \v 4 Deɛ \nd Awurade\nd* ka kyerɛ Israelfoɔ nie: \q1 “Monhwehwɛ me na monnya nkwa; \q2 \v 5 Monnhwehwɛ Bet-El, \q2 monnkɔ Gilgal, \q1 na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso. \q2 Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu \q2 na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.” \q1 \v 6 Monhwehwɛ \nd Awurade\nd* na monnya nkwa, \q1 anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya; \q2 ɛbɛhye, \q2 na Bet-El rennya obi nnum no. \b \q1 \v 7 Mo a moma atemmuo yɛ nwono \q2 na mototo tenenee ase. \b \q1 \v 8 Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma, \q1 deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ \q2 na ɔma awia dane adesaeɛ. \q1 Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano \q2 na ɔhwie gu asase so, \q2 ne din ne \nd Awurade\nd*. \q1 \v 9 Ɔsɛe abandenden ntɛm so \q2 na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso, \q1 \v 10 motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ \q2 na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa. \b \q1 \v 11 Motiatia ohiani so \q2 na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn. \q1 Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ, \q2 nanso morentena mu; \q1 ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ \q2 nanso morennom emu nsã. \q1 \v 12 Na menim mo mmarato dodoɔ \q2 ne mo bɔne akɛseɛ no. \b \q1 Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ \q2 mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ. \q1 \v 13 Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu, \q2 ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne. \b \q1 \v 14 Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa \q2 na ɛnyɛ bɔne. \q1 Na Asafo \nd Awurade\nd* Onyankopɔn bɛka wo ho, \q2 sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no. \q1 \v 15 Monkyiri bɔne, na monnɔ papa; \q2 Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ. \q1 Ebia, Asafo \nd Awurade\nd* Onyankopɔn \q2 bɛnya ahummɔborɔ ama \q2 Yosef nkaeɛfoɔ. \q1 \v 16 Enti deɛ \nd Awurade\nd*, Asafo \nd Awurade\nd* Onyankopɔn seɛ nie: \q2 “Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so \q1 na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so. \q2 Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu \q2 na agyamfoɔ abɛtwa adwo. \q1 \v 17 Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu, \q2 ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \s1 \nd Awurade\nd* Ɛda No \q1 \v 18 Nnome nka wɔn a \q2 wɔpɛ sɛ \nd Awurade\nd* da no ba! \q1 Deɛn enti na mopɛ sɛ \nd Awurade\nd* da no ba? \q2 Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann. \q1 \v 19 Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim \q2 na ɔkohyia sisire, \q1 sɛ deɛ owura ne fie \q2 de ne nsa to ɔfasuo so, \q2 na ɔwɔ ka no. \q1 \v 20 Na \nd Awurade\nd* da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann, \q2 ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu. \b \q1 \v 21 “Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ; \q2 mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho. \q1 \v 22 Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ, \q2 nanso merennye. \q1 Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me \q2 nanso mʼani rensɔ. \q1 \v 23 Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so! \q2 Merentie mo asankuten so nnwom. \q1 \v 24 Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten, \q2 na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da! \b \q1 \v 25 “Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me \q2 mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa? \q1 \v 26 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame, \q1 ne mo honi Rɛfan so; \q2 wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. \q1 \v 27 Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie. \b \c 6 \q1 \v 1 Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion, \q2 ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so, \q1 mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu, \q2 a Israelfoɔ ba mo nkyɛn! \q1 \v 2 Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ. \q2 Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu, \q2 monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. \q1 Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no? \q2 Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa? \q1 \v 3 Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda \q2 na motwe Atemmuo da bɛn. \q1 \v 4 Modeda asonse mpa so \q1 mogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu, \q2 na mowe nnwammaa ne \q2 anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam. \q1 \v 5 Mode mo sankuten to ahuhudwom, \q1 na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ \q2 mo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid. \q1 \v 6 Monom nsã nkorama mu \q2 na mode sradehwam papa yɛ mo ho, \q2 na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho. \q1 \v 7 Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho; \q2 na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa. \s1 \nd Awurade\nd* Kyiri Israel Ahomasoɔ \q1 \v 8 Otumfoɔ \nd Awurade\nd* aka ne ho ntam \q2 na deɛ Asafo \nd Awurade\nd* Onyankopɔn seɛ nie: \q1 “Mekyiri Yakob ahomasoɔ \q1 na memmpɛ nʼaban; \q2 mede kuropɔn no bɛma \q2 ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.” \p \v 9 Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu. \v 10 Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ \nd Awurade\nd* din. \q1 \v 11 Na \nd Awurade\nd* ahyɛ mmara \q2 na ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasini \q2 ne afie nketewa no nso mu nketenkete. \b \q1 \v 12 Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so anaa? \q2 Na obi de nantwie funtum hɔ anaa? \q1 Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro. \q2 Na tenenee nso ayɛ nwononwono. \q1 \v 13 Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho, \q2 na mobisa sɛ, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?” \b \q1 \v 14 Deɛ Asafo \nd Awurade\nd* Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ, \q2 deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.” \c 7 \s1 Mmoadabi, Ogya Ne Kyirebennyɛ Homa \p \v 1 Deɛ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei yɛ ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio. \v 2 Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam sɛ, “Otumfoɔ \nd Awurade\nd*, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.” \p \v 3 Ɛno enti, \nd Awurade\nd* bo dwooɛ. \p Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.” \p \v 4 Deɛ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* yi kyerɛɛ me nie: Otumfoɔ \nd Awurade\nd* de ogya rebɛbu atɛn; ɛbɛwee ebunu kɛseɛ no na ɛsɛee asase no. \v 5 Na me teaam sɛ, “Ao, Otumfoɔ \nd Awurade\nd*, mesrɛ wo, gyae. Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.” \p \v 6 Ɛno enti, \nd Awurade\nd* bo dwooɛ na ɔkaa sɛ, “Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso.” \b \p \v 7 Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na \nd Awurade\nd* gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no. \v 8 Na \nd Awurade\nd* bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?” \p Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.” \p Na \nd Awurade\nd* kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio. \q1 \v 9 “Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea \q2 na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no; \q2 mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.” \s1 Amos Ne Amasia \p \v 10 Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm. \v 11 Deɛ Amos reka nie: \q1 “ ‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano, \q2 na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, \q2 wɔ akyirikyiri asase so.’ ” \p \v 12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. \v 13 Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.” \p \v 14 Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. \v 15 Nanso, \nd Awurade\nd* frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’ \v 16 Na afei, tie \nd Awurade\nd* asɛm. Woka sɛ, \q1 “ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ, \q2 na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’ \p \v 17 “Enti asɛm a \nd Awurade\nd* ka nie: \q1 “ ‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu, \q2 wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano. \q1 Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu, \q2 na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu, \q1 na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, \q2 wɔ akyirikyiri asase so.’ ” \c 8 \s1 Kɛntɛn A Aduaba A Abereɛ Wɔ Mu \p \v 1 Afei, deɛ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* yi kyerɛɛ me nie: kɛntɛn a aduaba a abereɛ wɔ mu. \v 2 Ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Amos?” \p Mebuaa sɛ, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma.” \p Ɛna \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me sɛ, “Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio.” \p \v 3 Sɛdeɛ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* seɛ nie, “Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!” \q1 \v 4 Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so, \q2 na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so, \m \v 5 na moka sɛ, \q1 “Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam \q2 ama yɛatɔn aduane, \q1 na Homeda bɛba awieeɛ \q2 ama yɛadi ayuo dwa?” \q1 Sɛ mobɛhyɛ susukora mu \q2 na moatoto ɛboɔ so \q2 na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ, \q1 \v 6 na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ \q2 na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa, \q2 na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn. \p \v 7 \nd Awurade\nd* de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: “Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da. \q1 \v 8 “Asase renwoso wɔ deɛ asie yi ho anaa, \q2 na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa? \q1 Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te sɛ Nil\f + \fr 8.8 \fr*\ft Yiri tɛnn te se Nil: Osu a ɛtɔ berɛ ano berɛ ano wɔ Etiopia no ma Asubɔnten Nil a ɛwɔ Misraim yiri bu fa so bɛyɛ anammɔn 25 ma ne subɔnhwa no yɛ ma. Nsuyire yi saa dɔte pa kɔgu asase no so.\ft*\f* \q2 ɛbubu afa so, na asane atwe bio \q2 te sɛ Misraim asubɔnten.” \p \v 9 Sɛdeɛ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* seɛ nie, \q1 “Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ, \q2 na mama esum aduru asase so awia ketee. \q1 \v 10 Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie \q2 na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu. \q1 Mɛma mo nyinaa afira ayitoma \q2 na mayi mo tirinwi. \q1 Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da \q2 na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono. \b \q1 \v 11 “Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ \nd Awurade\nd* seɛ nie, \q2 “Mɛma ɛkɔm aba asase no so, \q1 ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm, \q2 na mmom, \nd Awurade\nd* asɛm ho ɛkɔm. \q1 \v 12 Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so \q2 na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam, \q1 sɛ wɔrekɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* asɛm, \q2 nanso wɔrenhunu. \p \v 13 “Na saa da no \q1 “mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ \q2 bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti. \q1 \v 14 Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam, \q2 anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no, \q2 wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.” \c 9 \s1 Wɔbɛsɛe Israel \p \v 1 Mehunuu \nd Awurade\nd* sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ, \q1 “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi \q2 na mma ne fapem no nwoso. \q1 Mommubu ngu nnipa no nyinaa so; \q2 wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn. \q1 Ɔbaako mpo rentumi nnwane \q2 obiara remfiri mu mfi. \q1 \v 2 Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a \q2 ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba. \q1 Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a \q2 ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam. \q1 \v 3 Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a, \q2 ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba. \q1 Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a \q2 ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn. \q1 \v 4 Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a, \q2 ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn. \b \q1 “Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn. \q2 Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.” \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane, \q1 ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. \q2 Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil \q2 na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten. \q1 \v 6 Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro \q2 na ɔto ne fapem wɔ asase so. \q1 Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano \q2 na ɔhwie gu asase so. \q2 \nd Awurade\nd* ne ne din! \q1 \v 7 “Mo Israelfoɔ, \q2 mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?” \q1 Sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \q2 Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim, \q1 ne Filistifoɔ amfiri Kreta, \q2 ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa? \b \q1 \v 8 “Ampa ara Otumfoɔ \nd Awurade\nd* ani \q2 wɔ nnebɔne ahennie no so. \q1 Mɛpepa no afiri asase ani, \q2 nanso, merensɛe Yakob efie korakora,” \q2 sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie. \q1 \v 9 “Na mɛhyɛ, \q2 na mɛwoso Israel efie, \q2 wɔ amanaman nyinaa mu, \q1 sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa mu \q2 na aba fua mpo ntɔ fam no. \q1 \v 10 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa \q2 bɛtotɔ wɔ akofena ano, \q1 wɔn a wɔka sɛ, \q2 ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’ \s1 Israel Nsiesieɛ \p \v 11 “Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi \q1 “Dawid efie a abubu no bio. \q2 Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no, \q2 na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no, \q1 \v 12 na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no, \q2 ne amanaman a me din da wɔn so.” \q2 \nd Awurade\nd* a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa. \p \v 13 “Nna no reba,” sɛdeɛ \nd Awurade\nd* seɛ nie, \q1 “A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no, \q2 na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no. \q1 Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so \q2 na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so. \q2 \v 14 Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba. \b \q1 “Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu. \q2 Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã; \q2 wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba. \q1 \v 15 Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so \q2 a wɔrentu bio da \q2 mfiri asase a mede ama wɔn no so,” \m sɛdeɛ \nd Awurade\nd*, mo Onyankopɔn seɛ nie.