\id ZEP - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Sefania \toc1 Odiyifo Sefania Nhoma \toc2 Sefania \toc3 Sef \mt2 Odiyifo \mt1 Sefania \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so. \s1 Atemmu A Etia Yuda \q1 \v 2 “Mɛpra biribiara afi asase so” \q2 nea \nd Awurade\nd* se ni, \q1 \v 3 “Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa; \q2 mɛpra nnomaa a wɔwɔ wim \q1 ne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa. \q2 Atirimɔdenfo benya wura a esum hɔ nko ara, \q1 sɛ mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,” \q2 nea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 \v 4 “Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda \q2 ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so; \q1 na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha, \q2 na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din \q1 \v 5 wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi, \q2 de sɔre abɔde a ɛwɔ wim, \q1 wɔn a wɔkotow de \nd Awurade\nd* ka ntam \q2 na wɔde Molek nso ka ntam, \q1 \v 6 wɔn nso a wogyae \nd Awurade\nd* akyidi \q2 na wɔnhwehwɛ \nd Awurade\nd* anaa wommisa nʼase.” \b \q1 \v 7 Monyɛ komm wɔ Asafo \nd Awurade\nd* anim, \q2 efisɛ, \nd Awurade\nd* da no abɛn. \q1 \nd Awurade\nd* asiesie afɔrebɔde; \q2 wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho. \b \q1 \v 8 “\nd Awurade\nd* afɔrebɔ da no, \q2 mɛtwe mmapɔmma \q2 ne ahenemma \q1 ne wɔn a wɔhyehyɛ \q2 ananafo ntade nyinaa aso. \q1 \v 9 Saa da no mɛtwe wɔn \q2 a wɔkwati apongua no nyinaa aso. \q1 Wɔn a wɔde akakabensɛm \q2 ne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no. \b \q1 \v 10 “Saa da no,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, \q1 “Osu befi Mpataa Pon ano, \q2 agyaadwotwa befi Atenae Foforo \q2 na nnyigyei a ano yɛ den afi nkoko no so aba. \q1 \v 11 Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no \q2 wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase, \q2 dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn. \q1 \v 12 Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu \q2 na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso, \q2 wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no, \q1 a wodwen se, ‘\nd Awurade\nd* renyɛ hwee \q2 sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’ \q1 \v 13 Wɔbɛfom wɔn ahonyade, \q2 na wɔabubu wɔn afi agu. \q1 Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu \q2 wɔbɛyɛ bobe mfuw \q2 nanso wɔrennom mu nsa.” \s1 \nd Awurade\nd* Da Kɛse No \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* da kɛse no abɛn, \q2 abɛn na ɛreba ntɛm so. \q1 Tie! Osu a wobesu \nd Awurade\nd* da no bɛyɛ yaw, \q2 ɔkofo a ɔwɔ hɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara. \q1 \v 15 Saa da no bɛyɛ abufuw da, \q2 ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da; \q3 ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da, \q2 ɛyɛ esum ne kusukuukuu da \q3 ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da, \q2 \v 16 ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmu \q1 a etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ \q2 ne ntwɔtwɔw so abantenten da. \b \q1 \v 17 “Mede awerɛhow bɛba nnipa no so \q2 na wɔbɛnantew sɛ anifuraefo, \q2 efisɛ wɔayɛ bɔne atia \nd Awurade\nd*. \q1 Wobehwie wɔn mogya agu sɛ mfutuma, \q2 na wɔn ayamde nso sɛ atantanne. \q1 \v 18 Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ \q2 rentumi nnye wɔn nkwa \q1 wɔ \nd Awurade\nd* abufuw da no.” \b \q2 Ne ninkutwe mu gya no \q1 bɛhyew ɔman no nyinaa, \q2 na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa \q2 aba awiei mpofirim. \c 2 \q1 \v 1 Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, \q2 mo, animguaseman, \q1 \v 2 ansa na bere a wɔahyɛ no adu, \q2 na da no resen te sɛ ntɛtɛ, \q1 ansa na \nd Awurade\nd* abufuwhyew no \q2 aba mo so, \q1 ansa na \nd Awurade\nd* abufuw da no \q2 aba mo so. \q1 \v 3 Monhwehwɛ \nd Awurade\nd*, ahobrɛasefo a mowɔ asase so, \q2 mo a moyɛ nʼahyɛde. \q1 Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; \q2 ebia ɔbɛkora mo so \q2 \nd Awurade\nd* abufuw da no. \s1 Atemmu A Etia Filistia \q1 \v 4 Wobegyaw Gasa \q2 na wɔagyaw Askelon sɛ amamfo. \q1 Owigyinae na wɔbɛma Asdod ada mpa mu \q2 na wɔatutu Ekron ase. \q1 \v 5 Munnue, mo a mote mpoano, \q2 mo Keretifo; \q1 \nd Awurade\nd* asɛm tia mo. \q2 Kanaan, Filistifo asase. \q1 Mɛtɔre mo ase, \q2 na obiara renka. \q1 \v 6 Asase a ɛda mpoano, faako a Keretifo te \q2 bɛyɛ atenae ama nguanhwɛfo \q2 ne wɔn nguannan. \q1 \v 7 Saa asase no bɛyɛ Yudafi nkae no de; \q2 ɛhɔ na wobenya mmoa adidibea. \q1 Anwummere, wɔbɛdeda wɔ \q2 Askelon afi mu. \q1 Na \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn, \q2 na ɔde wɔn ahonyade nyinaa bɛsan ama wɔn. \s1 Atemmu A Etia Moab Ne Amon \q1 \v 8 “Mate Moab nsopa ne \q2 Amonfo atweetwee; \q1 wɔn a wɔsopaa me nkurɔfo \q2 na wohunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho. \q1 \v 9 Enti sɛ mete ase yi,” \q2 sɛnea Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 Israel Nyankopɔn, se ni, \q1 “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom, \q2 na Amonfo ayɛ sɛ Gomora, \q1 faako a nwura ne nkyene amoa wɔ, \q2 bɛyɛ asase a ɛda mpan afebɔɔ. \q1 Me man nkae bɛfow wɔn afa; \q2 me manfo a wobenya wɔn ti adidi mu no bɛfa wɔn asase.” \b \q1 \v 10 Wɔn ahantan so akatua a wobenya ni, \q2 sɛ wɔyeyaw na wodi Asafo \nd Awurade\nd* nkurɔfo ho fɛw nti. \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* ho suro bɛba wɔn so \q2 bere a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa. \q1 Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no, \q2 wɔ wɔn ankasa wɔn asase so. \s1 Atemmu A Etia Kus \q1 \v 12 “Mo Etiopiafo nso, \q2 mʼafoa ano na wobekunkum mo.” \s1 Atemmu A Etia Asiria \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* bɛteɛ ne nsa wɔ atifi aman so \q2 na wasɛe Asiria, \q1 na wama Ninewe ada mpan koraa \q2 na so awo wosee sɛ nwea pradada so. \q1 \v 14 Nguankuw ne anantwi bɛdeda hɔ, \q2 mmoadoma nyinaa. \q1 Sare so patu ne abonsamnoma \q2 bɛtena nʼadum no so. \q2 Wɔn su begyigye afa mfɛnsere mu, \q1 nnwiriwii besisiw apon ano akwan, \q2 mpuran a wɔde sida ayɛ no ho bɛdeda hɔ. \q1 \v 15 Eyi ne kuropɔn a edi ahurusi \q2 na ɛte asomdwoe mu. \q1 Ɔhoahoaa ne ho se, \q2 “Me ne no, obiara nte sɛ me.” \q1 Hwɛ sɛnea atetew apansam, \q2 na ayɛ nkekammoa atenae! \q1 Obiara a otwa mu wɔ hɔ no serew no, \q2 him ne nsa fɛwdi so. \c 3 \s1 Yerusalem Daakye \q1 \v 1 Nnome nka nhyɛsofo kuropɔn \q2 atuatew kuropɔn a ho agu fi! \q1 \v 2 Ɔnyɛ osetie mma obiara \q2 onnye nteɛso biara nto mu. \q1 Ɔmfa ne ho nto \nd Awurade\nd* so. \q2 Ontwiw mmɛn ne Nyankopɔn. \q1 \v 3 Nʼakannifo yɛ gyata a wɔbobɔ mu, \q2 ne sodifo yɛ mpataku a wɔnam anadwo, \q1 a wonnya biribiara mma adekyee. \q1 \v 4 Ne nkɔmhyɛfo yɛ ahantan; \q2 wɔyɛ afatwafo. \q1 Nʼasɔfo gu kronkronbea ho fi. \q2 Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* a ɔte ne mu no yɛ ɔtreneeni; \q2 ɔnyɛ mfomso biara. \q1 Adekyee biara, ɔda ne trenee adi, \q2 na onni huammɔ da, \q2 nanso amumɔyɛfo de, wonnim aniwu. \q1 \v 6 “Masɛe amanaman; \q2 madwiriw wɔn abandennen agu. \q1 Wɔn mmorɔn so adeda mpan, \q2 a obiara ntwa mu hɔ. \q1 Wɔasɛe wɔn nkuropɔn; \q2 a obiara renka. \q1 \v 7 Meka kyerɛɛ kuropɔn no se, \q2 ‘ampa ara wubesuro me \q1 na woagye nteɛso ato mu!’ \q1 Na afei ne tenabea rensɛe, \q2 na mʼasotwe biara nso remma no so. \q1 Nanso wɔn ho peree wɔn \q2 sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu. \q1 \v 8 Enti twɛn me,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, \q2 “na da no mɛsɔre adi adanse. \q1 Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman \q2 ne ahenni ano \q1 na mahwie mʼabufuw agu wɔn so \q2 mʼabufuwhyew nyinaa. \q1 Me ninkutwe abufuw gya mu no, \q2 asase nyinaa bɛhyew. \b \q1 \v 9 “Afei medwira nnipa no ano, \q2 na wɔn nyinaa abɔ \nd Awurade\nd* din \q2 na wɔaka abɔ mu asom no. \q1 \v 10 Mʼasomfo, me nkurɔfo a wɔabɔ ahwete no \q2 befi nsubɔnten a ɛwɔ Kus nohɔ \q2 de wɔn afɔrebɔde abrɛ me. \q1 \v 11 Saa da no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase \q2 wɔ nneyɛe bɔne a woayɛ atia me ho, \q1 efisɛ meyi afi saa kuropɔn yi mu, \q2 wɔn a wodi ahantan mu ahurusi, \q1 na worenyɛ ahantan bio \q2 wɔ me bepɔw kronkron no so. \q1 \v 12 Nanso megyaw wɔ wo mu \q2 wɔn a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, \q2 na wɔde wɔn ho to \nd Awurade\nd* so no. \q1 \v 13 Wɔrenyɛ bɔne biara; \q2 wɔrenka nkontomposɛm, \q1 na wɔn ano renka nnaadaasɛm \q2 wobedidi na wɔada, \q2 na obiara renyi wɔn hu.” \b \q1 \v 14 To dwom, Ɔbabea Sion; \q2 teɛ mu dennen, Israel! \q1 Ma wʼani nnye, na di ahurusi wɔ wo koma nyinaa mu, \q2 Ɔbabea Yerusalem! \q1 \v 15 Efisɛ \nd Awurade\nd* ayi wʼasotwe afi wo so, \q2 wama wo tamfo asan nʼakyi. \q1 \nd Awurade\nd*, Israelhene ka wo ho; \q2 worensuro ɔhaw biara bio. \q1 \v 16 Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem se, \q2 “Nsuro, Sion! \q2 Mma wo nsa mu ngow. \q1 \v 17 \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ, \q2 Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo. \q1 Nʼani begye wo ho \q2 ne dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio, \q2 ɔde nnwonto bedi wo ho anigye.” \b \q1 \v 18 “Meyi wɔn a wodi awerɛhow \q2 wɔ wʼafahyɛnna ahorow a woahwere; \q2 a ayɛ adesoa ne animguase ama wo no ho. \q1 \v 19 Saa bere no me ne wɔn \q2 a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bedi. \q1 Megye mmerɛwyɛfo \q2 na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. \q1 Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn anuonyam \q2 asase biara a woguu wɔn anim ase wɔ so no so. \q1 \v 20 Saa bere no, mɛboaboa mo ano; \q2 saa bere no, mede mo bɛba fie. \q1 Mɛhyɛ wo anuonyam na makamfo mo \q2 wɔ asase so nnipa nyinaa mu \q1 bere a mede mo ahonyade bɛsan ama wo \q2 na mode mo ani behu no,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni.