\id ZEC - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Sakaria \toc1 Odiyifo Sakaria Nhoma \toc2 Sakaria \toc3 Sak \mt2 Odiyifo \mt1 Sakaria \mt2 Nhoma \c 1 \s1 \nd Awurade\nd* Nkyɛn Ba Ho Frɛ \p \v 1 Ɔsram a ɛto so awotwe wɔ ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien mu no, \nd Awurade\nd* asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia babarima na ɔno nso yɛ Ido babarima nkyɛn se: \p \v 2 “\nd Awurade\nd* bo fuw mo tete agyanom. \v 3 Enti ka kyerɛ nkurɔfo no se: Sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se: ‘Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan aba mo nkyɛn,’ nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \v 4 Monnyɛ sɛ mo tete agyanom, a adiyifo a wodii kan no pae mu ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se: Monnan mfi mo akwammɔne ne nneyɛe bɔne ho,’ nanso wɔantie na wɔanyɛ aso amma no. \v 5 Mo tete agyanom wɔ he mprempren? Na adiyifo no, wɔte ase daa ana? \v 6 Na me nsɛm a menam mʼasomfo adiyifo so kae no, amma mo tete agyanom no so ana? \p “Afei wonuu wɔn ho na wɔkae se, ‘Asafo \nd Awurade\nd* ayɛ yɛn nea ɛfata yɛn akwan ne nneyɛe, sɛnea ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ no.’ ” \s1 Onipa A Ɔwɔ Ohuamnnua No Mu \p \v 7 Na da a ɛto so aduonu anan wɔ ɔsram a ɛto so dubaako a wɔfrɛ no Sebat, wɔ ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, \nd Awurade\nd* asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Ido babarima Berekia babarima no nkyɛn. \p \v 8 Anadwo no minyaa anisoadehu, mihuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ogyina ohuamnnua bi ntam wɔ obon a mu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoe ne fitaa wɔ nʼakyi. \p \v 9 Mibisae se, “Eyinom ase ne dɛn, me wura?” Ɔbɔfo a ɔne me rekasa no buae se, “Mɛkyerɛ wo dekode a wɔyɛ.” \p \v 10 Enti ɔbarima a ogyina ohuamnnua ntam no kyerɛɛ ase se, “Wɔyɛ wɔn a \nd Awurade\nd* asoma wɔn sɛ wɔnkɔ wiase afanan nyinaa no.” \p \v 11 Na wɔbɛka kyerɛɛ \nd Awurade\nd* bɔfo a ogyina ohuamnnua no mu no se, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yehuu sɛ wiase nyinaa wɔ ahomegye ne asomdwoe.” \p \v 12 Afei \nd Awurade\nd* bɔfo no kae se, “Asafo \nd Awurade\nd*, enkosi da bɛn na wubeyi wʼahummɔbɔ afi Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo afuw wɔn mfirihyia aduɔson ni no so?” \v 13 Enti \nd Awurade\nd* kaa akomatɔyamsɛm ne awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔne me kasae no. \p \v 14 Afei ɔbɔfo a ɔne me rekasa no kae se, “Pae mu ka saa asɛm yi: Sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se: ‘Metwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu yiye, \v 15 nanso me bo afuw aman a wɔn aso mu adwo wɔn no. Na anka me bo mfuw wɔn bebree, nanso wɔmaa Israel amanehunu no boroo so.’ \p \v 16 “Enti nea \nd Awurade\nd* se ni: ‘Mɛsan abehu Yerusalem mmɔbɔ, na hɔ na wɔbɛsan asi me fi. Na wɔbɛtwe susuhama mu wɔ Yerusalem so,’ nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 17 “Kɔ so pae mu ka se, sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se: ‘Nnepa bebu so wɔ me nkurow yi so bio, na \nd Awurade\nd* bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ ” \s1 Mmɛn Anan Ne Adwumfo Baanan \p \v 18 Afei, memaa mʼani so, na mihuu mmɛn anan! \v 19 Mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no se, “Eyinom yɛ dɛn?” \p Obuaa me se, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no.” \p \v 20 Na \nd Awurade\nd* kyerɛɛ me adwumfo anan. \v 21 Mibisae se, “Dɛn na eyinom rebɛyɛ?” \p Obuae se, “Mmɛn anan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne ti so, nanso adwumfo yi aba sɛ wɔrebehunahuna wɔn, na watutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no petee no.” \c 2 \s1 Onipa A Okura Susuhama No \p \v 1 Afei memaa mʼani so, na mihuu ɔbarima bi a okura susuhama sɛ ogyina mʼanim! \v 2 Mibisaa no se, “Ɛhe na worekɔ?” Obuae se, “Merekosusuw Yerusalem, ahu ne trɛw ne ne tenten.” \p \v 3 Na ɔbɔfo a na ɔne me rekasa na kɔe, na ɔbɔfo foforo behyiaa no \v 4 na ɔka kyerɛɛ no se, “Tu mmirika, ka kyerɛ saa aberante no se, ‘Yerusalem bɛyɛ kuropɔn a enni afasu esiane nnipa ne mmoa dodow a wɔwɔ mu nti. \v 5 Na mʼankasa mɛyɛ ogya fasu, atwa ho ahyia,’ sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, ‘na mayɛ ne mu anuonyam.’ \p \v 6 “Mommra! Mommra! Munguan mfi atifi asase no so,” sɛ \nd Awurade\nd* se ni, “Na mahwete mo mu ama ɔsoro mframa anan no,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 7 “Mommra, Sion! Munguan, mo a mote Ɔbabea Babilonia!” \v 8 Efisɛ sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se, “Onuonyamfo no asoma me akotia aman a wɔafow mo nneɛma no akyi no, nea ɔde ne nsa bɛka mo biara no de nsa aka AWURADE aniwa nkesua. \v 9 Nokware, mɛma me nsa so de atia wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nkoa bɛfom wɔn nneɛma. Na ɛbɛma moahu sɛ Asafo \nd Awurade\nd* na wasoma me. \p \v 10 “Teɛ mu na ma wʼani nnye, Ɔbabea Sion. Efisɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \v 11 “Aman bebree bɛka \nd Awurade\nd* ho saa da no na wɔabɛyɛ me nkurɔfo. Me ne mo bɛtena, na mubehu sɛ, Asafo \nd Awurade\nd* na wasoma me mo nkyɛn. \v 12 \nd Awurade\nd* bɛfa Yuda sɛ nʼagyapade wɔ asase kronkron no so, na ɔbɛfa Yerusalem bio. \v 13 Monyɛ komm wɔ \nd Awurade\nd* anim, adesamma nyinaa, efisɛ wakanyan ne ho wɔ ne tenabea kronkron hɔ.” \c 3 \s1 Ɔsɔfopanyin Ntade A Ani Tew \p \v 1 Afei ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanyin Yosua\f + \fr 3.1 \fr*\ft Yosua: Onipa koro yi ara na wɔbɔ ne din Yesua wɔ Hebri kasa mu wɔ Ɛsra ne Nehemia nhoma mu. Ɛha no, din no gyina hɔ ma nnebɔneyɛfoman Israel (nky. 8-9).\ft*\f* a ogyina \nd Awurade\nd* bɔfo anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no sobo. \v 2 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Satan se, “\nd Awurade\nd* nka wʼanim, Satan! \nd Awurade\nd* a wafa Yerusalem no, nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu ana?” \p \v 3 Na Yosua hyɛ ntadefi, bere a ogyina ɔbɔfo no anim. \v 4 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina nʼanim no se, “Munnyi ne ho ntadefi no.” \p Afei ɔka kyerɛɛ Yosua se, “Hwɛ, mayi wo bɔne afi wo so, na mede ntade a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.” \p \v 5 Afei mekae se, “Momfa abotiri a ani tew mmɔ ne ti.” Enti wɔde abotiri a ani tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atade, bere a \nd Awurade\nd* bɔfo no gyina hɔ. \p \v 6 Na \nd Awurade\nd* bɔfo de saa akwankyerɛ yi maa Yosua: \v 7 “Sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se: ‘Sɛ wobɛyɛ osetie ama me na woayɛ mʼapɛde a, ɛno de, wubedi me fi so na woahwɛ mʼabangua so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wogyinagyina ha yi mu. \p \v 8 “‘Tie, Ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo nkurɔfo a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wogyina hɔ ma nneɛma a ɛrebesisi: Mede me somfo, Dubaa no bɛba. \v 9 Hwɛ, ɔbo a mede asi Yosua anim! Ani ason na etuatua saa ɔbo baako no ho, na mikurukyerɛw biribi wɔ so,’ sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni, ‘na mede da koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne. \p \v 10 “‘Saa da no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngodua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni.” \c 4 \s1 Sikakɔkɔɔ Kaneadua Ne Ngonnua Abien No \p \v 1 Afei ɔbɔfo a ɔne me kasae no san nʼakyi benyan me, sɛnea wonyan obi fi ne nna mu no. \v 2 Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?” \p Mibuae se, “Mihu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na akanea ason a biara wɔ ne dorobɛn sisi so. \v 3 Bio, ngonnua abien sisi ho, baako wɔ kuruwa no nifa so, na baako nso wɔ ne benkum so.” \v 4 Mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no se, “Eyinom yɛ dɛn, me wura?” \p \v 5 Obuae se, “Wunnim nea eyinom yɛ ana?” \p Mekae se, “Dabi, me wura.” \p \v 6 Enti ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne \nd Awurade\nd* asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 7 “Woyɛ dɛn, bepɔw kɛse ana? Serubabel anim no wobɛyɛ asase tamaa. Afei ɔde abo afɛɛfɛ no bɛba abehyia osebɔ se, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ” \p \v 8 Na \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 9 “Serubabel nsa na ato asɔredan yi fapem, ne nsa nso na ebewie. Na mubehu sɛ, Asafo \nd Awurade\nd* na wasoma me mo nkyɛn. \p \v 10 “Hena na obu nneɛma nketenkete mfiaseda animtiaa? Sɛ nnipa hu sɛ Serubabel kura kirebennyɛ susudua no a, wɔn ani begye. \p “(Saa ani ason yi yɛ \nd Awurade\nd* ani a ɛhwɛ wiase mmaa nyinaa.)” \p \v 11 Na mibisaa ɔbɔfo no se, “Saa ngonnua abien no a esisi kaneadua no nifa ne benkum no yɛ dɛn?” \p \v 12 Na mibisaa no bio se, “Ngodua mman abien a ehwie ngo a ani yɛ akokɔsrade fa sikakɔkɔɔ dorobɛn abien no mu no yɛ dɛn?” \p \v 13 Obuae se, “Enti wunnim nea eyinom yɛ ana?” \p Mibuae se, “Dabi, me wura.” \p \v 14 Nti ɔkae se, “Eyinom ne baanu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a odi wiase nyinaa so no.” \c 5 \s1 Nhoma Mmobɔwee A Etu \p \v 1 Mehwɛɛ bio, na mihuu nhoma mmobɔwee a ɛretu wɔ wim wɔ mʼanim! \v 2 Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?” \p Mibuae se, “Mihu nhoma mmobɔwee a ɛnenam wim a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, na ne trɛw nso yɛ anammɔn dunum.” \p \v 3 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛnea ɔfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfo biara, na ɔfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntamhunu no, wɔbɛpam no. \v 4 Asafo \nd Awurade\nd* pae mu ka se, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfo ne obiara a ɔde me din ka ntamhunu no fi. Ɛbɛka ofie hɔ na asɛe ne nnua ne abo.’ ” \s1 Ɔbea A Ɔte Kɛntɛn Mu \p \v 5 Afei ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me se, “Ma wʼani so na hwɛ eyi, nea ɛreba yi.” \p \v 6 Mibisa sɛ “Ɛyɛ dɛn?” \p Obuae se, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susuw nneɛma.” Ɔtoaa so se, “nnipa a wɔwɔ wiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.” \p \v 7 Afei woyii kɛntɛn no so sumpii mmuaso no, na mu na na ɔbea bi hyɛ! \v 8 Ɔkae se, “Eyi yɛ atirimɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbea no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuaso no kataa no so. \p \v 9 Afei memaa me ti so huu mmea baanu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de a wɔde dannan wɔn ho wɔ wim. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ wim, ɔsoro ne asase ntam. \p \v 10 Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?” \p \v 11 Obuae se, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akosi fi ama no. Na sɛ, wowie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akosi nʼafa.” \c 6 \s1 Nteaseɛnam Anan \p \v 1 Memaa mʼani so bio, na mihuu nteaseɛnam anan a efi mmepɔw abien ntam reba, mmepɔw no yɛ kɔbere mfrafrae. \v 2 Teaseɛnam a edi kan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na wɔtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe nea ɛto so abien no. \v 3 Nea ɛto so abiɛsa no, na apɔnkɔ fitaa na wɔtwe. Nea ɛto so anan no, na apɔnkɔ ntokontrama na wɔtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den. \v 4 Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, “Me wura, eyinom yɛ dɛn?” \p \v 5 Ɔbɔfo no buaa me se, “Eyinom yɛ ahonhom anan a wofi ɔsoro, na wɔrefi wiase nyinaa \nd Awurade\nd* no anim akɔ. \v 6 Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔe fam; na nea apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafo fam.” \p \v 7 Apɔnkɔ ahoɔdenfo no fii adi no, wɔpɛɛ sɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfo no kae se, “Monkɔ asase nyinaa so!” Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa. \p \v 8 Afei ɔfrɛɛ me se, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam man so no ama me Honhom ahomegye wɔ atifi fam asase no so.” \s1 Yosua Ahenkyɛw \p \v 9 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn. Ɔkae se, \v 10 “Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ fi wɔn a wɔatwa wɔn asu, Heldai, Tobia ne Yedaia a wofi Babilonia aba no nkyɛn. Da no ara kɔ Sefania babarima Yosia fi. \v 11 Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛw, hyɛ ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti. \v 12 Ka kyerɛ no se, sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no ni, na ɔbɛfefɛw afi hɔ akosi \nd Awurade\nd* asɔredan no. \v 13 Ɔno na obesi \nd Awurade\nd* asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no anuonyam, na ɔbɛtena nʼahengua so adi ne hene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfo wɔ nʼahengua so. Afei asomdwoe bɛba abien no ntam.’ \v 14 Wɔde ahenkyɛw no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae ade wɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu. \v 15 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa \nd Awurade\nd* asɔredan no si, na mubehu sɛ Asafo \nd Awurade\nd* na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ osetie ma \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn nokware mu a, eyi bɛba mu.” \c 7 \s1 Atɛntrenee Ne Ahummɔbɔ Na Ɛnyɛ Mmuadadi \p \v 1 Ɔhene Dario adedi mfe anan so no, \nd Awurade\nd* asɛm baa Sakaria nkyɛn ɔsram a ɛto so akron a wɔfrɛ no Kislev no da ɛto so anan no mu. \v 2 Na Bet-Elfo asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ \nd Awurade\nd*. \v 3 Wɔmfa asɔfo a wɔwɔ Asafo \nd Awurade\nd* fi ne adiyifo so mmisa se, “Menkɔ so ntwa adwo, nni mmuada wɔ ɔsram a ɛto so anum no mu, sɛnea mayɛ no mfe bebree a atwa mu no ana?” \p \v 4 Afei Asafo \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 5 “Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfo no se, ‘Mfe aduɔson a atwam no, sɛ mudii mmuada na mutwaa adwo wɔ asram anum ne ason so no, na ɛyɛ ampa sɛ me nti na mudi mmuada no ana? \v 6 Bere a mudidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani ana? \v 7 Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na \nd Awurade\nd* faa kan adiyifo so paee mu kae, wɔ bere a Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoe ne nkɔso no, bere a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔe fam nkoko no so ana?’ ” \p \v 8 Na \nd Awurade\nd* asɛm baa Sakaria nkyɛn bio: \v 9 “Sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se, ‘Mummu atɛn a ɛyɛ nokware na munnya ahummɔbɔ ne ayamhyehye mma mo ho mo ho. \v 10 Monnhyɛ akunafo, ayisaa, ahɔho ne ahiafo so. Monnnwene bɔne mo koma mu mma mo ho mo ho.’ \p \v 11 “Nanso wɔantie; wɔde asoɔden dan wɔn akyi na wosisiw wɔn aso. \v 12 Wɔyɛɛ wɔn koma den sɛ ɔtwɛrebo, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo \nd Awurade\nd* nam ne Honhom so de somaa kan adiyifo no. Ɛno nti, Asafo \nd Awurade\nd* bo fuw yiye. \p \v 13 “ ‘Mefrɛe no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \v 14 ‘Mede mfɛtɛ bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔho wɔ hɔ. Asase a wogyaw no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sɛɛ na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛee.’ ” \c 8 \s1 Awurade Hyɛ Bɔ Sɛ Obehyira Yerusalem \p \v 1 Asafo \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn bio. \v 2 Sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se: “Metwe Sion ho ninkunu pa ara; metwe ne ho ninkunu anibere so.” \p \v 3 Nea \nd Awurade\nd* se ni, “Mɛsan akɔ Sion na makɔtena Yerusalem. Afei wɔbɛfrɛ Yerusalem Nokware Kuropɔn, na Asafo \nd Awurade\nd* bepɔw no, wɔbɛfrɛ no Bepɔw Kronkron.” \p \v 4 Nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni: “Nkwakoraa ne mmerewa bɛtenatena Yerusalem mmɔnten so bio a obiara kura pema, esiane onyin nti. \v 5 Na mmarimaa ne mmeawa a wɔredi agoru bɛhyɛ kuropɔn no mmɔnten so ma.” \p \v 6 Nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni: “Nkae no de, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa saa bere no, na me nso ɛbɛyɛ me nwonwa ana?” \p \v 7 Nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni: “Megye me nkurɔfo afi aman a ɛwɔ apuei ne atɔe no so. \v 8 Mede wɔn bɛsan aba abɛtena Yerusalem; wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn wɔ nokware ne trenee mu.” \p \v 9 Nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni: “Mo a afei na morete nsɛm a adiyifo no kae no; adiyifo a na wɔwɔ hɔ bere a wɔtoo Asafo \nd Awurade\nd* fi fapem no, monhyɛ mo ho den, na moatumi asi asɔredan no. \v 10 Bere no nnya nsoe no, na wontua apaade mma nnipa anaa mmoa. Atamfo nti, na obiara ntumi nkɔ nʼadwuma so asomdwoe mu, efisɛ na mede mpaapaemu aba wɔn mu. \v 11 Nanso afei de, merenyɛ nkae yi sɛnea meyɛɛ kan no,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 12 “Aba no benyin yiye, bobe bɛsow nʼaba, asase no bɛbɔ nʼaduan na ɔsoro nso bɛtɔ ne bosu. Mede saa nneɛma yi nyinaa bɛma nkae yi sɛ wɔn agyapade. \v 13 Mo, Yuda ne Israel, moayɛ nnome wɔ aman no mu, nanso megye mo na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyɛ mo ho den.” \p \v 14 Nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni: “Sɛnea meyɛɛ mʼadwene sɛ mede atoyerɛnkyɛm bɛba mo so, na mannya ahummɔbɔ bere a mo agyanom fuw me bo no, \v 15 saa ara na afei mayɛ mʼadwene sɛ mɛyɛ Yerusalem ne Yuda yiye. Munnsuro. \v 16 Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni: Munni mo ho mo ho nokware. Mummu atɛntrenee wɔ mo asennii; \v 17 mommmɔ pɔw bɔne ntia mo ho mo ho, na monnnɔ ntam hunu. Mikyi saa nneɛma yi nyinaa,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 18 Asafo \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn bio. \v 19 Nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni: “Asram anan, anum, ason ne du mu mmuadadi no bɛyɛ anigye ne ahosɛpɛwmmere, na ɛbɛyɛ anigye afahyɛ ama Yuda. Enti monnɔ nokware ne asomdwoe.” \p \v 20 Nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni, “Nnipa bebree ne wɔn a wɔtete nkuropɔn bebree so bɛba ara, \v 21 na nnipa a wofi kuropɔn baako so bɛkɔ foforo so akɔka se, ‘Momma yɛnkɔ mprempren ara nkɔsrɛ \nd Awurade\nd* na yɛnhwehwɛ Asafo \nd Awurade\nd*. Me de, merekɔ.’ \v 22 Na nnipa bebree ne aman akɛse bɛba Yerusalem abɛhwehwɛ Asafo \nd Awurade\nd* no, na wɔakotow asrɛ no.” \p \v 23 Nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni: “Nna no mu, nnipa du a wɔka kasa ahorow na wofi aman ahorow so bɛba abeso Yudani atade mmuano mu, na wɔbɛka se, ‘Wo ne yɛn nkɔ, efisɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka wo ho.’ ” \c 9 \s1 Atemmu A Etia Israel Atamfo \p \v 1 Nkɔmhyɛ: \b \q1 \nd Awurade\nd* asɛm tia Hadrak asase \q2 na ɛbɛka Damasko \q1 efisɛ, nnipa ne Israel mmusuakuw nyinaa \q2 ani wɔ \nd Awurade\nd* so. \q1 \v 2 Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hye, \q2 ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ anyansafo. \q1 \v 3 Tiro asi abandennen ama ne ho; \q2 waboa dwetɛ ano te sɛ mfutuma, \q2 ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔte a ɛwɔ mmɔnten so. \q1 \v 4 Nanso Awurade begye nʼahode nyinaa \q2 na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so, \q2 na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee. \q1 \v 5 Askelon behu na wasuro \q2 Gasa de ɔyaw bebubu ne mu, \q2 na Ekron nso saa ara, efisɛ nʼanidaso bɛsa. \q1 Gasa bɛhwere ne hene \q2 na wobegyaw Askelon ofituw.\f + \fr 9.5 \fr*\ft Askelon…Gasa…Ekron: Filistifo nkuropɔn abiɛsa. Nʼanidaso bɛsa: Esiane sɛ Ekron da Filistiman atifi pɛɛ nti, ɛno na ebedi kan ahu amane. Nʼanidaso sɛ Tiro begyina mu ama no ɔhaw anaa abɛbrɛsɛ bi mu no renkosi hwee so.\ft*\f* \q1 \v 6 Ananafo bɛtena Asdod, \q2 na metwa Filistifo ahantan agu. \q1 \v 7 Meyi mogya\f + \fr 9.7 \fr*\ft Mogya—Egyina hɔ ma abosom afɔrebɔ. Akyiwade nnuan—Nnapɔnna nnuan a ho ntew. Yebusifo—Nnipa bi a wɔtenaa Yerusalem tete bere mu a wɔbɛfraa Yudafo mu. (\+xt 2 Sam 24.16-24\+xt*).\ft*\f* afi wɔn ano, \q2 akyiwade nnuan nso meyi afi wɔn ano. \q1 Nkae no bɛyɛ yɛn Nyankopɔn de; \q2 wɔbɛyɛ Yuda ntuanofo, \q2 na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifo. \q1 \v 8 Nanso mɛbɔ me Fi ho ban \q2 wɔ wɔn a wɔtetɛw bɔ korɔn ho. \q1 Ɔhyɛsoni biara ntumi mfa me nkurɔfo so bio, \q2 efisɛ afei merewɛn. \s1 Sion Hene Ba \q1 \v 9 Di ahurusi, Ɔbabea Sion! \q2 Teɛ mu, Ɔbabea Yerusalem! \q1 Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn. \q2 Ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye, \q1 odwo, na ɔte afurum so, \q2 afurum ba so na ɔte. \q1 \v 10 Megye nteaseɛnam afi Efraim \q2 ne akofo apɔnkɔ afi Yerusalem, \q2 na akodi tadua no wobebubu mu. \q1 Ɔbɛpae mu aka asomdwoe nsɛm akyerɛ aman no. \q2 Nʼahenni befi po akɔka po; \q1 ebefi Asubɔnten no akɔpem nsase ano. \q1 \v 11 Na wo de, esiane me ne wo mogya apam no nti, \q2 meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu. \q1 \v 12 Monsan nkɔ mʼaban mu, nneduafo a mowɔ anidaso; \q2 mprempren mpo merebɔ mo nkae sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho. \q1 \v 13 Mɛkom Yuda sɛnea mikuntun me tadua \q2 na mede Efraim bɛhyɛ mu. \q1 Mɛkanyan wo mmabarima, Sion, \q2 atia wo Hela mmabarima, \q2 na mɛyɛ wo sɛ ɔkofo afoa. \q1 \v 14 Afei \nd Awurade\nd* bɛda ne ho adi wɔ wɔn so; \q2 nʼagyan betwa yerɛw te sɛ anyinam. \q1 Otumfo \nd Awurade\nd* bɛhyɛn torobɛnto no; \q2 ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔe fam ahum mu, \q2 \v 15 Asafo \nd Awurade\nd* bɛkata wɔn so. \q2 Wɔde ahwimmo bɛsɛe \q2 na wɔde adi nkonim. \q1 Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛnea wɔanom nsa; \q2 wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a \q2 wɔde pete afɔremuka ntwea so. \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn, begye wɔn saa da no \q2 sɛ oguanhwɛfo gye ne nguan. \q1 Wobetwa yerɛw yerɛw wɔ nʼasase so, \q2 sɛ abohemaa a ɛbobɔ ahenkyɛw ho. \q1 \v 17 Sɛnea wɔn ho betwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa! \q2 Aduan bɛma mmerante anyin ahoɔden so \q2 na nsa foforo bɛma mmabaa anyin saa ara. \c 10 \s1 Awurade Bɛhwɛ Yudafo \q1 \v 1 Mummisa \nd Awurade\nd* hɔ nsu asusowbere mu; \q2 ɛyɛ \nd Awurade\nd* na ɔyɛ osu ne mu ahum. \q1 Ɔma osu tɔ ma nnipa nyinaa, \q2 ne nnɔbae nso ma obiara. \q1 \v 2 Ahoni no ka nnaadaasɛm, \q2 nkɔmhyɛfo nya anisoadehu a ɛyɛ atoro; \q1 wɔde nkontomposɛm kyerɛ dae ase, \q2 wɔma awerɛkyekye kwa. \q1 Enti nnipa no nenam te sɛ nguan \q2 a wonni ɔhwɛfo na wɔhyɛ wɔn so. \b \q1 \v 3 “Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye, \q2 na mɛtwe ntuanofo no aso. \q1 Na Asafo \nd Awurade\nd* bɛhwɛ \q2 ne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no, \q2 na wayɛ wɔn sɛ anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu. \q1 \v 4 Tweatibo befi Yuda mu, \q2 na ntamadan pɛe befi ne mu, \q1 ɔsa mu tadua befi Yuda mu, \q2 na sodifo nyinaa nso saa ara. \q1 \v 5 Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ dɔmmarima \q2 a wotiatia mmorɔn so dontori mu wɔ ɔko mu. \q1 Esiane sɛ \nd Awurade\nd* ka wɔn ho no nti, \q2 wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefo no so. \b \q1 \v 6 “Mɛhyɛ Yudafi den \q2 na magye Yosefi no nkwa. \q1 Mede wɔn besi wɔn dedaw mu \q2 efisɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho. \q1 Wɔbɛyɛ te sɛ nea \q2 mempoo wɔn mpo, \q1 na mene \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn, \q2 na megye wɔn so. \q1 \v 7 Efraimfo bɛyɛ sɛ dɔmmarima, \q2 wɔn ani begye te sɛ nea wɔanom nsa. \q1 Wɔn mma behu na wɔn ani begye; \q2 wobedi ahurusi wɔ wɔn koma mu wɔ \nd Awurade\nd* mu. \q1 \v 8 Mɛto nsa afrɛ wɔn \q2 aboaboa wɔn ano. \q1 Ampa ara megye wɔn bio; \q2 wɔbɛdɔɔso sɛ kan no. \q1 \v 9 Ɛwɔ mu, mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, \q2 nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. \q1 Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, \q2 na wɔbɛsan aba. \q1 \v 10 Mede wɔn befi Misraim aba \q2 mɛboa wɔn ano afi Asiria. \q1 Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon, \q2 na wɔrensen hɔ. \q1 \v 11 Wɔbɛfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ po mu, \q2 nanso wobedi po asorɔkye a ehuru no so. \q1 Nil mu nsu nyinaa bɛyow. \q2 Asiria ahomaso nso wɔbɛbrɛ no ase \q1 na Misraim ahempema betwa mu akɔ. \q1 \v 12 Mɛhyɛ wɔn den wɔ \nd Awurade\nd* mu \q2 na ne din mu na wɔbɛnantew,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \b \c 11 \q1 \v 1 Buebue wʼapon, Lebanon, \q2 na ogya mmɛhyew wo sida! \q1 \v 2 Twa adwo, wo ɔpepaw, na sida ahwe ase; \q2 wɔasɛe nnua a ɛwɔ anuonyam no! \q1 Twa adwo Basan adum; \q2 wɔabubu kwaeberentuw no mu nnua no! \q1 \v 3 Tie nguanhwɛfo agyaadwo; \q2 wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no! \q1 Tie gyata no mmubomu; \q2 Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛɛfɛ no asɛe! \s1 Nguanhwɛfo Baanu \p \v 4 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn se: “Fa nguankuw a wɔrebekum wɔn no kɔ adidibea. \v 5 Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo \nd Awurade\nd*, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn. \v 6 Merenhu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne hene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfi wɔn nsam.” \p \v 7 Enti mede nguankuw a wɔrekokum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titiriw ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei mefaa pema abien, na mefrɛɛ baako Adɔe na baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidi. \v 8 Ɔsram baako mu, mepam nguanhwɛfo abiɛsa no. \p Nguankuw no ampɛ me, na wɔmaa me brɛe \v 9 na mekae se, “Merenyɛ mo hwɛfo bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekyere wɔn ho wɔn ho nwe.” \p \v 10 Afei mefaa me pema a mefrɛ no Adɔe no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no. \v 11 Wɔsɛee no da no ara, na wɔn a wɔrehu amane wɔ nguankuw no mu a na wɔrehwɛ me no hui se, ɛyɛ \nd Awurade\nd* asɛm. \p \v 12 Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a muntua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wotuaa dwetɛ mpɔw aduasa maa me.\f + \fr 11.12 \fr*\ft Tua me ka—Ɛkyerɛ ntetewmu. Ma ɛntena hɔ—Esi ntetewmu so dua. Dwetɛ mpɔw aduasa—Tete hɔ no, saa na na Israelfo tɔ nkoa.\ft*\f* \p \v 13 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Tow ma ɔnwemfo no,” ɛbo a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔw aduasa no, na metow maa ɔnwemfo a ɔwɔ \nd Awurade\nd* fi mu no. \p \v 14 Afei mibuu me pema a ɛto so abien a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no. \p \v 15 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Fa oguanhwɛfo kwasea no nneɛma no bio. \v 16 Na merebɛma oguanhwɛfo bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ nea wayera, ɔrenhwehwɛ nguantenmma no akyi kwan, ɔrensa nea wapira yare, ɔremma nea ɔwɔ ahoɔden aduan, na mmom, ɔbɛwe nguan a wɔadɔ no nam, na watwitwa wɔn tɔte. \q1 \v 17 “Nnome nka oguanhwɛfo a ne so nni mfaso, \q2 na oguan gya nguankuw no! \q1 Afoa ntwa ne basa, ne nʼaniwa nifa. \q2 Ne basa no nwu koraa, \q2 nʼaniwa nifa no mfura koraa!” \c 12 \s1 Wɔbɛsɛe Yerusalem Atamfo \p \v 1 Nkɔmhyɛ: Eyi ne \nd Awurade\nd* asɛm a ɛfa Israel ho. \b \p \nd Awurade\nd* a ɔtrɛw ɔsoro mu, nea ɔto asase fapem, nea ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm ni: \v 2 “Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛtow ahyɛ Yuda ne Yerusalem so. \v 3 Saa da no a wiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopirew no no nyinaa bepirapira wɔn ho. \v 4 Saa da no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefo nso abɔ dam,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. “Mebue mʼani ahwɛ Yudafi, na mefurafura aman ahorow no apɔnkɔ ani. \v 5 Na Yuda mmusua bɛka wɔ wɔn koma mu se, ‘Yerusalemfo yɛ ahoɔdenfo, efisɛ Asafo \nd Awurade\nd* yɛ wɔn Nyankopɔn.’ \p \v 6 “Saa da no, mɛyɛ Yuda mmusua sɛ ogya asanka a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw wɔ nwura a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhyew nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ faako a ɔwɔ. \p \v 7 “\nd Awurade\nd* bɛbɔ Yuda atenae ho ban kan, sɛnea Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem anuonyam renkyɛn Yudafo anuonyam. \v 8 Saa da no, \nd Awurade\nd* bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, nea ɔyɛ mmerɛw koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefo bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ \nd Awurade\nd* Bɔfo a odi wɔn anim. \v 9 Saa da no, mefi ase asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa. \s1 Wotwa Adwo Ma Nea Wohwirew No No \p \v 10 “Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwirew me, na wɔatwa adwo ama no te sɛ obi a ɔretwa adwo wɔ ɔba koro ho, na wɔasu yayaayaw te sɛ obi a ɔresu ne ba barima piesie. \v 11 Saa da no agyaadwotwa a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwotwa wɔ Megido asasetam so. \v 12 Asase no sofo nyinaa bedi awerɛhow, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid abusua ne wɔn yerenom, Natan abusua ne wɔn yerenom, \v 13 Lewi abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom, \v 14 ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom. \c 13 \s1 Bɔne Ho Ahodwira \p \v 1 “Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi. \p \v 2 “Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so. \v 3 Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a agya ne ɛna a wɔwoo saa nipa no bɛka akyerɛ no se, ‘Ɛsɛ sɛ wuwu, efisɛ, wode \nd Awurade\nd* din atwa atoro.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofo bɛwɔ no afoa. \p \v 4 “Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa. \v 5 Ɔbɛka se, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ okuafo. Na efi me mmerantebere mu, asase yi so na minya mʼano aduan.’ \v 6 Na sɛ obi bisa no se, ‘Akuru bɛn na ɛwɔ wo ho yi a?’ Obebua se, ‘Ɛyɛ akuru a minyaa wɔ me nnamfonom fi.’ ” \s1 Wɔbɔ Oguanhwɛfo No, Na Nguan No Hwete \q1 \v 7 “Sɔre, afoa, sɔre tia me guanhwɛfo, \q2 tia onipa a ɔbɛn me!” \q2 Sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \q1 “Bɔ oguanhwɛfo no, \q2 na nguan no bɛbɔ ahwete, \q2 na mɛma me nsa so atia nguantenmma no. \q1 \v 8 Asase no so nyinaa,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, \q2 “Wɔbɛbɔ nkyɛmu abiɛsa mu abien ahwe fam ma wɔawuwu; \q2 na nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛka wɔ so. \q1 \v 9 Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu; \q2 mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ, \q2 na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. \q1 Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, \q2 na megye wɔn so. \q1 Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’ \q2 na wɔbɛka se, ‘\nd Awurade\nd* yɛ yɛn Nyankopɔn.’ ” \c 14 \s1 Onyankopɔn Bɛba Abedi Hene \p \v 1 \nd Awurade\nd* da bi reba a, wɔbɛkyɛ mo asade wɔ mo mu. \p \v 2 Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wobewia afi mu nneɛma, na wɔato mmea no mmonnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkae no bɛka kuropɔn no mu. \p \v 3 Afei, \nd Awurade\nd* bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛnea ɔko, ɔkoda no. \v 4 Saa da no, ɔde nʼanammɔn besisi Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam no so, na Ngo Bepɔw no mu bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam na ayɛ obon kɛse. Ɛbɛma bepɔw no fa akɔ atifi fam, na fa nso akɔ anafo fam. \v 5 Mubeguan afa me bon no mu, efisɛ ekosi Asel.\f + \fr 14.5 \fr*\ft Asal—Ɛyɛ kurow bi a ɛda Yerusalem apuei fam a ɛno na ɛkyerɛ faako a obon foforo no ano si.\ft*\f* Mubeguan, sɛnea moyɛɛ no bere a asase wosow wɔ Yudahene Usia bere so no. Afei, \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn, bɛba a ahotefo nyinaa ka ne ho. \p \v 6 Saa da no, hann, awɔw ne sukyerɛmma remma. \v 7 Ɛbɛyɛ da sononko a enni awia anaa anadwo, da a \nd Awurade\nd* na onim. Onwini bedwo no na hann wɔ hɔ. \p \v 8 Saa da no, nkwa nsu bɛteɛ afi Yerusalem, fa bɛkɔ apuei po\f + \fr 14.8 \fr*\ft ɛno ne Nkyene Po\ft*\f* mu, na fa akɔ atɔe po\f + \fr 14.8 \fr*\ft ɛno ne Ntam Po\ft*\f* mu, ahohurubere ne awɔwbere mu. \p \v 9 \nd Awurade\nd* bedi hene wɔ asase nyinaa so. Saa da no, \nd Awurade\nd* bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ. \p \v 10 Asase a efi Geba kosi Rimon a ɛda Yerusalem anafo fam nyinaa bɛyɛ sɛ Araba. Nanso wɔbɛma Yerusalem so; efi Benyamin Pon kosi Ɔpon A Edi Kan de kɔ Ntwea so Pon, afei efi Hananel Abantenten kosi adehye nsakyiamoa nyinaa, na ɛbɛtena ne sibea. \v 11 Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem benya asomdwoe. \p \v 12 Eyi ne ɔyaredɔm a \nd Awurade\nd* de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔw bere a wogyina wɔn anan so, Wɔn aniwa nkesua bɛporɔw wɔ wɔn ntokuru mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔw wɔ wɔn anom. \v 13 Saa da no, \nd Awurade\nd* bɛma nnipa abɔ huboa, na wobetwa wɔn ho ako. \v 14 Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem. Wɔbɛfa aman a atwa ahyia hɔ no nyinaa ahonyade a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne adurade bebree. \v 15 Saa ɔyaredɔm koro yi ara bɛka apɔnkɔ, mfurumpɔnkɔ, yoma, mfurum ne mmoa a aka a wɔwɔ atamfo nsra mu nyinaa. \p \v 16 Afei wɔn a wɔbɛka wɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no nyinaa bɛkɔ akɔsom Ɔhene no, Asafo \nd Awurade\nd* no afe biara, na wɔadi Asese Afahyɛ no. \v 17 Sɛ wiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo \nd Awurade\nd* no a, osu rentɔ mma wɔn. \v 18 Sɛ Misraimfo ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osu rentɔ mma wɔn. \nd Awurade\nd* de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn. \v 19 Eyi bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa. \p \v 20 Saa da no, wobekurukyerɛw asɛm a ɛka se: KRONKRON MA \nd Awurade\nd*\f + \fr 14.20 \fr*\fq KRONKRON MA \+nd Awurade\+nd*: \fq*\ft Eyi yɛ nsɛm a wɔatwa agu sikakɔkɔɔ apampaa so de abɔ ɔsɔfopanyin no abotiri anim (\+xt 2 Mose 28.36-38\+xt*) a ɛde kae no sɛ wɔayɛ no kronkron ama Awurade adwumayɛ.\ft*\f* wɔ nnɔnnɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkuku a wɔde noa aduan wɔ \nd Awurade\nd* fi no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a esisi afɔremuka anim. \v 21 Kuku biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ nea wɔatew ho ama Asafo \nd Awurade\nd*, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔre nyinaa bɛfa nkuku yi bi anoa mu. Na saa da no, wɔrenhu Kanaanni wɔ Asafo \nd Awurade\nd* fi bio.