\id TIT - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Tito \toc1 Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Tito \toc2 Tito \toc3 Tito \mt2 Paulo Nhoma A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Tito \c 1 \s1 Nkyia \p \v 1 Saa nhoma yi fi Onyankopɔn somfo ne Yesu Kristo somafo Paulo nkyɛn. Wɔpaw me na wɔsomaa me se memmɛtrɛw nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi mu no, na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde onyamesuro ba \v 2 wɔ nkwa a enni awiei ho anidaso a Onyankopɔn a onni atoro no hyɛɛ yɛn ho bɔ ansa na ɔrefi wiase ase; \v 3 na afei ne bere a ɛsɛ mu no, ɔfaa asɛnka a ɔno Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no hyɛ me sɛ menka no so daa no adi. \b \p \v 4 Mekyerɛw me ba Tito wɔ gyidi baako a yɛn nyinaa kura mu no mu: \b \p Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo! \b \s1 Asɛmpakafo Yiyedi \p \v 5 Migyaw wo Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na woayi mpanyimfo atuatua asafo a ɛwɔ kurow biara mu no ano. \v 6 Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanyin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifo a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. \v 7 Ɛnsɛ sɛ mfomso biara ba ɔpanyin no ho, efisɛ Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomaso, anaa obi a ne bo nkyɛ fuw anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfo anaa sikaniberefo. \v 8 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye nea eye ho na nʼadwene mu da hɔ na ɔteɛ na ɔyɛ kronkron na ɔwɔ ahohyɛso. \v 9 Ɛsɛ sɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔsɔre tia asɛm no mu no nso mfomso adi. \p \v 10 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforo; ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu. \v 11 Ɛsɛ sɛ wusiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano, efisɛ wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu, nam so de pɛ sika. \v 12 Mpo Kreta adiyifo no mu baako kae se, “Kretafo no yɛ atorofo, mmoa atirimɔdenfo ne akwadwofo adidifo.” \v 13 Na asɛm a ɔkae no yɛ nokware. Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya gyidi pa, \v 14 na wɔantena ase amma twetiatwa atosɛm ne ɔhyɛ a efi nnipa a wɔapo nokware no. \v 15 Biribiara yɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron no, nanso biribiara nyɛ kronkron mma wɔn a wɔn ho agu fi na wonni gyidi no, efisɛ wɔn adwene ne wɔn tiboa ho agu fi. \v 16 Wɔka se wonim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛe nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfo a wontumi nyɛ ade pa biara. \c 2 \s1 Nkyerɛkyerɛ Pa \p \v 1 Ɛsɛ sɛ woma nkyerɛkyerɛ pa a wɔagye ato mu. \v 2 Ka kyerɛ nkwakoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafo, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidi mu nyɛ den, wonnya ɔdɔ na wontumi ntena ɔhaw mu. \p \v 3 Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronkron. Wonnni nseku na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa, \v 4 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam so betumi ama mmabaa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma, \v 5 ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronkron na wɔayɛ awarefo pa a wotie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho. \p \v 6 Saa ara na hyɛ mmerante na wonnya ahohyɛso. \v 7 Nneɛma nyinaa mu no, fa wo ho yɛ nhwɛso pa wɔ nnwuma payɛ mu. Di nokware na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho. \v 8 Ka nsɛm a ho tew na obi antumi antia mu na ama atamfo ani awu sɛ wonnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho. \p \v 9 Ɛsɛ sɛ asomfo tie wɔn wuranom, na ade nyinaa mu no, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ woyiyi nsɛm ano \v 10 anaa wɔbɔ wɔn korɔn. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ papa mmere nyinaa na wodi nokware na anam so ama biribiara a wɔyɛ no de anuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho no. \p \v 11 Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. \v 12 Nʼadom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronkronyɛ ne Onyamesuro mu wɔ wiase ha. \v 13 Yɛwɔ anidaso wɔ bere a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfo a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ anuonyam mu no. \v 14 Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn fii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn nnipa a yɛpɛ papayɛ no kronkron de yɛn yɛɛ ne nko ara de. \p \v 15 Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefo nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmmu wo abomfiaa. \c 3 \s1 Okristoni Su \p \v 1 Kae wo nkurɔfo na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa no ase, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, \v 2 na wɔnnka asɛmmɔne mmfa obi ho na mmom, wonnwo brɛoo, na daa wonni obiara ni. \p \v 3 Kan no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafo, asoɔdenfo, ne abɔnefo. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigye ahorow nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibere ho. Afoforo tan yɛn maa yɛn nso yɛtan wɔn. \v 4 Nanso bere a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamye ne ne dɔ daa adi no, \v 5 ogyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ nti, na mmom ɔnam nʼahummɔbɔ so ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforo ama yɛn nkwa foforo. \v 6 Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so, \v 7 sɛnea ɛbɛyɛ a nʼadom nti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo. \v 8 Eyi yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ wuti saa asɛm yi mu yiye na ama wɔn a wogye Onyankopɔn di no ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere di dwuma pa. Eyinom nyinaa ye na so wɔ mfaso ma nnipa. \p \v 9 Nanso munnnye nkwasea akyinnye. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nham wɔ mmara ho; so nni mfaso biara. \v 10 Bɔ obi a ɔde mpaapaemu ba no kɔkɔ nea edi kan ne ne nea ɛto so abien, na ɛno akyi no twe wo ho fi ne ho. \v 11 Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho. \b \b \p \v 12 Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na hɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔwbere no. \v 13 Bɔ mmɔden gya mmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye na anhia wɔn hwee. \b \p \v 14 Ma yɛn nkurɔfo no nsua sɛnea wɔde wɔn adagyew yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa. \b \p \v 15 Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyiakyia wo. \p Kyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu ma yɛn. \b \p Adom nka mo nyinaa.