\id SNG - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Nnwom Mu Dwom \toc1 Nnwom Mu Dwom \toc2 Nnwom Mu Dwom \toc3 Nmd \mt1 Nnwom Mu Dwom \c 1 \p \v 1 Salomo nnwom mu dwom. \sp Ababaa: \q1 \v 2 Ma ɔmfa nʼano mfewano no mfew mʼano, \q2 efisɛ wo dɔ no yɛ anigye sen bobesa. \q1 \v 3 Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye; \q2 wo din te sɛ aduhuam a wɔahwie. \q2 Na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabaa no dɔ wo! \q1 \v 4 Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! \q2 Ma ɔhene mfa me nkɔ ne pia mu. \sp Nnamfonom: \q1 Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho. \q2 Yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa. \sp Ababaa: \q1 Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no! \b \q1 \v 5 Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ, \q2 Yerusalem mmabea, \q1 mobiri te sɛ Kedar ntamadan, \q2 te sɛ, Salomo ntamadan mu ntwamtam! \q1 \v 6 Nhwɛ me haw sɛ mibiri nti, \q2 efisɛ owia na ayɛ me saa. \q1 Me na mmabarima bu fuw me, \q2 enti wɔma me kɔhwɛɛ bobe nturo so; \q2 na amma manhwɛ mʼankasa me bobeturo. \q1 \v 7 Kyerɛ me, me dɔfo, \q2 faako a wode wo nguankuw kɔ adidi \q2 na owigyinae nso, faako a woma wo nguan home. \q1 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a wakata nʼanim \q2 wɔ wo nnamfonom nguankuw ho? \sp Nnamfonom: \q1 \v 8 Sɛ wunnim a, mmea mu ɔhoɔfɛfo koraa, \q2 fa ɔkwan a nguan fa so so \q1 na fa wo mpapomma kɔ adidi \q2 wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho. \sp Aberante: \q1 \v 9 Me dɔfo, mede wo toto ɔpɔnkɔbere \q2 a wɔde hama asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho no ho. \q1 \v 10 Asokaa ama wʼafono ho ayɛ fɛ, \q2 na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo. \q1 \v 11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ asokaa \q2 a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo. \sp Ababaa: \q1 \v 12 Bere a ɔhene te ne didipon ho no, \q2 nʼaduhuam hua no gyee hɔ. \q1 \v 13 Me dɔfo ayɛ me sɛ kurobow\f + \fr 1.13 \fr*\ft Kurobow yɛ aduhuam bi a wonya fi “balsam” dua a bi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ huam.\ft*\f* toa \q2 a ɛda me nufu ntam. \q1 \v 14 Me dɔfo ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmfrɔm \q2 wɔ En-Gedi\f + \fr 1.14 \fr*\ft En-Gedi yɛ kwae a ɛwɔ sare so wɔ Nkyene Po atɔe fam a afifide a ɛyɛ huam bebree wɔ.\ft*\f* bobeturo mu. \sp Aberante: \q1 \v 15 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ! \q2 Ao, ahoɔfɛ ni! \q2 Wʼaniwa aba te sɛ mmorɔnoma. \sp Ababaa: \q1 \v 16 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ! \q2 Ao, ahoɔfɛ ni! \q2 Yɛn mpa so yɛ akɔnnɔakɔnnɔ. \sp Aberante: \q1 \v 17 Yɛn fi mpuran yɛ sida; \q2 yɛn nsɛmso yɛ ɔpepaw. \c 2 \sp Ababaa: \q1 \v 1 Meyɛ Saron nhwiren\f + \fr 2.1 \fr*\ft Yehu Saron nhwiren wɔ Karmel mpoano anafo fam.\ft*\f* \q2 ne abon mu sukooko. \sp Aberante: \q1 \v 2 Sɛnea sukooko a ɛwɔ nsɔe mu te no, \q2 saa ara na me dɔfo te wɔ mmabaa mu. \sp Ababaa: \q1 \v 3 Sɛnea aprɛ te wɔ kwae mu nnua mu no, \q2 saa ara na me dɔfo te wɔ mmerante mu. \q1 Sɛ metena ne nwini mu a minya ahomeka \q2 na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ. \q1 \v 4 Ɔde me akɔ aponto ase, \q2 na mʼagyiraehyɛde yɛ ɔdɔ. \q1 \v 5 Momma me bobe aba na minya ahoɔden, \q2 momma me aprɛ na ennwudwo me, \q2 efisɛ ɔdɔ ama matɔ beraw. \q1 \v 6 Ne nsa benkum da mʼatiko, \q2 na ne nsa nifa aka me afam ne bo. \q1 \v 7 Yerusalem mmabea, mede atwewa \q2 ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ: \q1 Monnkanyan na munnyan ɔdɔ \q2 kosi bere a ɛsɛ mu. \b \q1 \v 8 Tie! me dɔfo! \q2 Hwɛ! ɔno na ɔreba no, \q1 ɔrehuruhuruw wɔ mmepɔw no so \q2 na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkoko no so. \q1 \v 9 Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforote. \q2 Hwɛ! ogyina yɛn fasu akyi, \q1 ɔhwɛ mfɛnsere no mu, \q2 wagyen nʼani rehwɛ mfɛnsere no mu. \q1 \v 10 Me dɔfo kasa kyerɛɛ me se, \q2 “Sɔre, me dɔfo ne mʼahoɔfɛ \q2 na bra me nkyɛn. \q1 \v 11 Hwɛ! awɔwbere atwa mu; \q2 na asusow atwa mu kɔ. \q1 \v 12 Nhwiren afifi asase ani: \q2 nnwonto bere aso. \q1 Wɔte mmorɔnoma su \q2 wɔ yɛn asase so. \q1 \v 13 Borɔdɔma agu nhwiren; \q2 na bobe hua agye baabiara. \q1 Sɔre bra, me dɔfo; \q2 mʼahoɔfɛ, bra me nkyɛn.” \sp Aberante: \q1 \v 14 Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuru mu, \q2 ahintaw wɔ mmepɔw so, \q1 ma minhu wʼanim; \q2 ma mente wo nne; \q1 wo nne yɛ dɛ, \q2 na wʼanim yɛ fɛ. \q1 \v 15 Monkyekyere sakraman no mma yɛn, \q2 sakraman nketewa no \q1 a wɔsɛe bobe nturo, \q2 yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmfrɔm no. \sp Ababaa: \q1 \v 16 Me dɔfo yɛ me dea, na mewɔ no; \q2 ɔhwehwɛ sukooko no mu. \q1 \v 17 Enkosi sɛ ade bɛkyɛ \q2 na sunsuma bɛsen akɔ no, \q1 dan wo ho, me dɔfo, \q2 na yɛ sɛ ɔtwewa \q1 anaa ɔforote a \q2 ɔwɔ nkoko mmonkyi mmonka no so. \b \c 3 \q1 \v 1 Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa so \q2 mehwehwɛɛ nea me koma da no so; \q2 mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. \q1 \v 2 Mɛsɔre afei na makokyinkyin kuropɔn no mu, \q2 ne mmɔnten so ne gua so; \q1 na mahwehwɛ nea me koma da no so. \q2 Enti mehwehwɛɛ no nanso manhu no. \q1 \v 3 Awɛmfo no huu me \q2 bere a wɔrebɔ aprɔw wɔ kuropɔn no mu. \q2 “Moahu nea me koma da no so no ana?” \q1 \v 4 Mereyɛ atwa wɔn ho pɛ \q2 na mihuu nea me koma da no so no. \q1 Misoo ne nsa sɛ meremma no nkɔ \q2 kosii sɛ mede no baa me na fi, \q2 de no kɔɔ nea onyinsɛnee me no dan mu. \q1 \v 5 Yerusalem mmabea, mede atwewa \q2 ne wuram ɔforote hyɛ mo sɛ \q1 Monnkanyan na munnyan ɔdɔ \q2 kosi bere a ɛsɛ mu. \b \q1 \v 6 Hena na ofi sare so reba \q2 te sɛ wusiw kumɔnn a \q1 efi kurobow, aduhuam \q2 ne aguadifo pɛprɛ ahorow mu, atutu ne ho yi? \q1 \v 7 Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a \q2 akofo aduosia bɔ no kyidɔm; \q2 ade a ɛwɔ anuonyam pa ara wɔ Israel, \q1 \v 8 Wɔn nyinaa bobɔ afoa, \q2 wɔn nyinaa wɔ akodi ho nyansa. \q1 Wɔn afoa bobɔ wɔn nkyɛn mu, \q2 na obiara asiesie ne ho ama nea ebesi anadwo a ɛyɛ hu biara. \q1 \v 9 Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho; \q2 ɔde Lebanon nnua na ɛyɛe. \q1 \v 10 Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum, \q2 ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinaso. \q1 Wɔde biridum ntama na eduraa mu nkongua ho; \q2 mu asiesie yɛ ahomeka \q1 na Yerusalem mmabea na wɔyɛe. \v 11 Mumfi adi, mo Sion mmabea, \q2 mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛw \q1 nea ne na de hyɛɛ no nʼayeforohyia da no, \q2 da a odii ahurusi wɔ ne koma mu no. \c 4 \sp Aberante: \q1 \v 1 Wo ho yɛ fɛ, me dɔfo! \q2 Ao, wo ho yɛ fɛ! \q2 Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkataanim mu no te sɛ aborɔnoma. \q1 Wo nwi te sɛ mpapokuw a \q2 wɔresian Gilead Bepɔw. \q1 \v 2 Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo, \q2 a wofi aguaree. \q1 Baako mpo nyeraa ɛ. \q1 \v 3 Wʼanofafa te sɛ koogyan hama; \q2 wʼano yɛ fɛ. \q1 Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu \q2 te sɛ ntunkum aduaba fa. \q1 \v 4 Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten, \q2 a wɔasi no fɛɛfɛ; \q1 na akokyɛm apem sensɛn ho, \q2 a ne nyinaa yɛ akofo kyɛm. \q1 \v 5 Wo nufu te sɛ atwemma abien, \q2 atwemma nta a \q2 wodidi wɔ sukooko mu. \q1 \v 6 Enkosi sɛ ade bɛkye, \q2 ama honhom aguan no, \q1 mɛkɔ kurobow bepɔw \q2 ne aduhuam nkoko no so. \q1 \v 7 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ papa; \q2 wo ho nni dɛm biara. \b \q1 \v 8 Ma yemfi Lebanon, mʼayeforo, \q2 wo ne me mfi Lebanon nkɔ. \q1 Sian fi Amana atifi bra, \q2 fi Senir atifi, Hermon apampam hɔ, \q1 fi gyata buw mu \q2 ne mmepɔw a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ. \q1 \v 9 Woagye me koma abɔ so, me nuabea, mʼayeforo; \q2 woagye me koma abɔ so; \q1 wode wʼani a ɛbɔɔ me so, \q2 ne wo kɔnmuade mu ɔbohemaa baako. \q1 \v 10 Wo dɔ yɛ anigye, me nuabea, mʼayeforo! \q2 Hwɛ, wo dɔ sɔ ani sen bobesa, \q2 na wʼaduhuam yɛ huam sen pɛprɛ biara. \q1 \v 11 Asɛm dɛdɛ fi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforo; \q2 nufusu ne ɛwo wɔ wo tɛkrɛma ase. \q2 Wo ntade mu hua te sɛ Lebanon de. \q1 \v 12 Wote sɛ turo a wɔato ano pon mu, me nuabea, mʼayeforo; \q2 woyɛ asuti a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔw ano. \q1 \v 13 Wo nnua yɛ nnuabafuw so ntunkum \q2 a ɛsow aba pa, \q2 ahuahaa ne nnuannua, \q2 \v 14 nnuannua ne mmetire, \q2 osiko ne sinamon, \q2 a ohuamfufu nnua ahorow, \q2 kurobow ne dupapo \q2 ne pɛprɛ papa ahorow nyinaa ka ho. \q1 \v 15 Woyɛ asubura turo, \q2 abura a nsu sen fi mu \q2 a ɛsen fi Lebanon. \sp Ababaa: \q1 \v 16 Sɔre, atifi fam mframa! \q2 Bra, anafo fam mframa!\f + \fr 4.16 \fr*\ft Mframa a ɛbɔ fi atifi fam no mu dwo enti ɛma nnuaba yɛ foforo daa. Mframa a ɛbɔ fi anafo fam no mu yɛ hyew na ɛma nnuaba no bere. Ne abien ka bɔ mu a, ɛma mframa a ɛyɛ huam fa turo no mu.\ft*\f* \q1 Bɔ fa me turo mu, \q2 sɛnea ɛbɛyɛ a ne hua no begyigye afa baabiara. \q1 Ma me dɔfo mmra ne turo mu \q2 na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ. \c 5 \sp Aberante: \q1 \v 1 Maba me turo mu, me nuabea, mʼayeforo; \q2 maboaboa me kurobow ne me nnuhuam ano. \q1 Madi me wokyɛm ne ɛwo; \q2 manom me bobesa ne me nufusu. \sp Nnamfonom: \q1 Nnamfonom, munnidi na monnom; \q2 Adɔfonom, monnom nea ɛbɛmee mo dɔ. \sp Ababaa: \q1 \v 2 Medae, nanso me koma anna. \q2 Tie! me dɔfo rebɔ pon no mu; \q1 “Bue me, me nuabea, me dɔ, \q2 mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. \q1 Obosu afɔw me tirim, \q2 anadwo mu bosu afɔw me nwi.” \q1 \v 3 Maworɔw mʼatade, \q2 mensan mfa nhyɛ ana? \q1 Mahohoro mʼanan ase, \q2 memma ho nyɛ fi bio ana? \q1 \v 4 Me dɔfo yɛɛ sɛ ɔrebue pon no \q2 me koma fii ase bɔɔ kim kim wɔ me mu. \q1 \v 5 Mesɔree sɛ merekobue me dɔfo, \q2 na me nsa ho kurobow \q1 ne me nsateaa ho aduhuam, \q2 yɛɛ korɔkorɔ no nsa ho. \q1 \v 6 Mibue maa me dɔfo no, \q2 nanso na ɔkɔ. \q2 Ne kɔ no maa me ho dwiriw me. \q1 Mehwehwɛɛ no nanso manhu no baabiara. \q2 Mefrɛɛ no nanso wannye me so. \q1 \v 7 Awɛmfo no huu me \q2 bere a wɔrebɔ aporɔw wɔ kuropɔn no mu. \q1 Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; \q2 woyii mʼatade kɔe; \q2 saa awɛmfo a wɔwɛn afasu no! \q1 \v 8 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo, \q2 sɛ muhu me dɔfo no a, \q1 asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? \q2 Monka nkyerɛ no se ɔdɔ ama matɔ beraw. \sp Nnamfonom: \q1 \v 9 Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo, \q2 mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ? \q1 Dɛn na wo dɔfo de sen afoforo a \q2 enti wohyɛ yɛn sɛɛ? \sp Ababaa: \q1 \v 10 Me dɔfo ho twa na ogyigye, \q2 wɔfa mpem du a, ɔyɛ sononko. \q1 \v 11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ ankasa; \q2 ne ti so nwi yɛ kuhaa, \q2 na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi. \q1 \v 12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a \q2 ogyina asuwa bi ho; \q1 ɛte sɛ nea wɔde nufusu aguare no, \q2 na etuatua hɔ sɛ abohemaa. \q1 \v 13 Nʼafono te sɛ pɛprɛ a wɔasɛw no kɛtɛ. \q2 Ɛho hua te sɛ aduhuam. \q1 Nʼanofafa te sɛ sukooko \q2 a ɛsosɔ kurobow. \q1 \v 14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa \q2 a wɔde sikabereɛbo asisi mu. \q1 Ne nipadua te sɛ asonse a wɔatwiw ho \q2 na wɔde hoabo adura ho. \q1 \v 15 Nʼanan te sɛ abohemaa afadum a \q2 esisi sikakɔkɔɔ ankasa nnyinaso so. \q1 Ne bɔbea te sɛ Lebanon a \q2 ɔyɛ sononko sɛ ne sida. \q1 \v 16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; \q2 ɔkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. \q1 Me dɔfo ni, mʼadamfo ni, \q2 Yerusalem mmabea. \c 6 \sp Nnamfonom: \q1 \v 1 Ɛhe na wo dɔfo no kɔ \q2 mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ? \q1 Ɛhe na wo dɔfo man fae, \q2 na yɛne wo nkɔhwehwɛ no? \sp Ababaa: \q1 \v 2 Me dɔfo kɔ ne turo mu, \q2 faako a woduadua nnua ahorow, \q1 okokyinkyin turo no mu \q2 akɔboaboa sukooko ano. \q1 \v 3 Me dɔfo yɛ me de, na me nso meyɛ ne de; \q2 okyinkyin sukooko no mu. \sp Aberante: \q1 \v 4 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,\f + \fr 6.4 \fr*\ft Tirsa yɛ Kanaan tete kurow bi a Yeroboam de yɛɛ nʼahenkurow wɔ afe 930 AWK (ansa na wɔrewo Kristo) kosi afe 909 AWK wɔ atifi fam ahemman mu.\ft*\f* \q2 wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem, \q2 wusi pi te sɛ asraafo a wɔretu frankaa. \q1 \v 5 Nhwɛ me saa; \q2 wobunkam me so. \q1 Wo ti nwi te sɛ mpapokuw a \q2 wɔresian afi Gilead. \q1 \v 6 Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo, \q2 a wofi aguaree. \q1 Baako mpo nyeraa ɛ. \q1 \v 7 Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu \q2 te sɛ ntunkum aduaba fa. \q1 \v 8 Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia, \q2 mpenanom bɛyɛ aduɔwɔtwe, \q2 ne mmabaa dodow a wontumi nkan wɔn; \q1 \v 9 nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm yɛ sononko; \q2 ɔno nko ara ne ne na babea, \q2 ɔno na nea ɔwoo no no pɛ nʼasɛm. \q1 Mmabaa huu no no, wɔfrɛɛ no nhyira; \q2 ahemmea ne mpenanom kamfoo no. \sp Nnamfonom: \q1 \v 10 Hena na wapue sɛ ahemadakye yi, \q2 ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ ɔsram, na ɔhyerɛn sɛ owia, \q2 nʼanuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so. \sp Aberante: \q1 \v 11 Misian kɔɔ nnuaba pɔw mu hɔ \q2 sɛ merekɔhwehwɛ afifide foforo a ɛwɔ obon no mu, \q1 sɛ bobe no agu nhwiren, \q2 anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm. \q1 \v 12 Mʼani baa me ho so no \q2 na mʼadwene de me abesi me nkurɔfo adehye nteaseɛnam so. \sp Nnamfonom: \q1 \v 13 San wʼakyi, san wʼakyi, Sulamit babea; \q2 San bra, san bra ma yɛnhwɛ wo! \sp Aberante: \q1 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abeawa \q2 sɛnea mohwɛ Mahanaim asaw no? \c 7 \q1 \v 1 Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ, \q2 Ɔdehye babea! \q1 Wʼanantu a wugyina so te sɛ abohemaa, \q2 odwumfo nsa ano adwuma. \q1 \v 2 Wo funuma yɛ kuruwa a enni nsa \q2 a nsa pa wɔ mu bere biara. \q1 Wo sisi yɛ atoko a wɔaboa ano \q2 na sukooko atwa ho ahyia. \q1 \v 3 Wo nufu te sɛ atwemma abien, \q2 atwemma nta. \q1 \v 4 Wo kɔn te sɛ asonse abantenten. \q1 Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntade \q2 a ɛwɔ Bat Rabim pon nkyɛn. \q1 Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten \q2 a ɛkyerɛ Damasko no. \q1 \v 5 Wo ti si so sɛ Karmel Bepɔw. \q2 Wo tinwi te sɛ adehyetam a wɔadi mu adwinni; \q2 wo tinwi atenten no kyere ɔhene dommum. \q1 \v 6 Wo ho yɛ fɛ, ɔdɔ, \q2 wo ho yɛ anigye na ɛma ahomeka ara! \q1 \v 7 Wo sibea te sɛ abɛ dua, \q2 na wo nufu te sɛ aduaba kasiaw. \q1 \v 8 Mekae se, “Mɛforo abɛ dua no; \q2 na maso nʼaba mu.” \q1 Wo nufu nyɛ sɛ bobe kasiaw, \q2 na wo home mu hua nyɛ sɛ aprɛ. \q2 \v 9 Na wʼanom hua nyɛ sɛ bobesa papa. \sp Ababaa: \q1 Ma bobesa no nkɔ me dɔfo hɔ tee, \q2 ɛnsen mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo. \q1 \v 10 Meyɛ me dɔfo de, \q2 na nʼapɛde ne me. \q1 \v 11 Bra, me dɔfo; ma yɛnkɔ akuraa, \q2 ma yɛnkɔda akuraa anadwo baako. \q1 \v 12 Ma yɛnkɔ bobeturo mu ntɛm \q2 nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhwiren, \q1 sɛ nhwiren no apaapae, \q2 anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm. \q2 Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo. \q1 \v 13 Adesaa yi ne hua, \q2 na akɔnnɔduan nyinaa begu yɛn pon ano, \q1 foforo ne dedaw, \q2 a mede asie ama wo, me dɔfo. \b \c 8 \q1 \v 1 Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima \q2 a wunum me na nufu ano, \q1 na mihuu wo wɔ abɔnten so a, \q2 anka mefew wʼano, \q2 a obiara rentumi mmu me animtiaa. \q1 \v 2 Anka medi wʼanim \q2 na mede wo aba me na fi, \q2 ɔno a wakyerɛkyerɛ me. \q1 Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu, \q2 me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi. \q1 \v 3 Ne nsa benkum da mʼatiko \q2 na ne nsa nifa aka me afam ne bo. \q1 \v 4 Yerusalem mmabea, mehyɛ mo sɛ, \q2 morennyan na morenhwanyan ɔdɔ mu \q2 kosi bere a ɛsɛ mu. \sp Nnamfonom: \q1 \v 5 Hena na ofi sare so reba a \q2 otweri ne dɔfo koko mu yi? \sp Ababaa: \q1 Mekanyan wo wɔ aprɛ dua no ase; \q2 ɛhɔ na wo na nyinsɛnee wo, \q2 ɛhɔ na nea ɔkoo awo no woo wo. \q1 \v 6 Fa me to wo koma so sɛ nsɔwanode, \q2 sɛ nsɔwanode wɔ wʼabasa so, \q1 efisɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owu, \q2 ne ninkutwe tim hɔ sɛ ɔda. \q1 Ɛhyehye sɛ ogyatannaa, \q2 sɛ ogyatannaa a ano yɛ den pa ara. \q1 \v 7 Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ; \q2 nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ. \q1 Sɛ obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a \q2 anka wɔremmu no ade a ɛsom bo. \sp Nnamfonom: \q1 \v 8 Yɛwɔ nuabea akumaa bi a, \q2 ne nufu mmobɔɔ ɛ. \q1 Dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea yi \q2 wɔ da a wobebisa no ase? \q1 \v 9 Sɛ ɔyɛ ɔfasu a, \q2 yebesi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban. \q1 Sɛ ɔyɛ ɔpon a, \q2 yɛde sida besiw ne pon ano kwan. \sp Ababaa: \q1 \v 10 Meyɛ ɔfasu, \q2 na me nufu te sɛ abantenten. \q1 Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a \q2 ɔde nea ɛsɔ ani reba. \q1 \v 11 Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon; \q2 ɔde ne bobeturo no maa apaafo. \q1 Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no \q2 nnwetɛbona apem. \q1 \v 12 Nanso me bobeturo yi yɛ me de. \q2 Me de, meremfa mma; \q2 Salomo de ne de gye nnwetɛbona apem, \q2 na otua nʼapaafo nnwetɛbona ahannu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so. \sp Aberante: \q1 \v 13 Wo a wote turo no mu \q2 ne nnamfonom a wɔka wo ho, \q2 ma mente wo nne. \sp Ababaa: \q1 \v 14 Bra ma yɛnkɔ, me dɔfo, \q2 na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba \q1 anaasɛ ɔforote ba a \q2 ɔwɔ mmepɔw a nnuhuam ahyɛ so ma so.