\id RUT - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Rut \toc1 Rut Nhoma \toc2 Rut \toc3 Rut \mt1 Rut Nhoma \c 1 \s1 Elimelek Tutu Kɔtena Moab \p \v 1 Bere a na atemmufo di Israel so no, ɔkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ofi Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmabarima baanu tutu fii asase no so kɔtenaa Moab. \v 2 Na ɔbarima no din de Elimelek\f + \fr 1.2 \fr*\ft Wonyaa din Efrati fii abusua a Elimelek fi mu no. Ɛno nti, Elimelek de nʼabusua din no ɔmantam a ɛbɛn Betlehem a ɛtɔ da a wɔfrɛ no Betlehem Efrata no (\+xt 4.11; 1 Mose 35.19; 1 Sam 17.12; Mika 5.2\+xt*).\ft*\f* na ne yere nso din de Naomi. Ne mmabarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. \v 3 Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wu ma ɛkaa ne mmabarima baanu no. \v 4 Wɔwarewaree Moabfo mmea. Na ɔbaako din de Orpa na nea ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du no, \v 5 Mahlon ne Kilion nso wuwui. Enti ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmabarima baanu no ne ne kunu. \p \v 6 Bere a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ \nd Awurade\nd* abɛdom ne nkurɔfo a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduan no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefi Moab asan akɔ ne kurom. \v 7 Ɔne ne nsenom baanu yi tutu fii beae hɔ faa kwan a ɛde wɔn bɛkɔ akosi Yuda so. \p \v 8 Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi se, “Monsan nkɔ mo nanom fi. \nd Awurade\nd* ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo ne me dii no yiye no. \v 9 \nd Awurade\nd* mmoa mo mu biara na onya ɔhome wɔ okunu foforo fi.” Afei, ofifew wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so sui. \p \v 10 Na wɔka kyerɛɛ Naomi se, “Yɛne wo bɛsan akɔ wo nkurɔfo nkyɛn.” \p \v 11 Nanso Naomi kae se, “Me mma, monsan nkɔ fie. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmabarima bio a wobetumi awareware mo ana? \v 12 Me mma, monsan nkɔ fie. Manyin, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yiye. Mpo, sɛ midwen sɛ anidaso bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara minya okunu na me ne no wo mmabarima a, \v 13 mobɛtwɛn kosi sɛ wobenyinyin? Mobɛtena atwɛn wɔn ana? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, efisɛ \nd Awurade\nd* ayi ne nsa afi me so!” \p \v 14 Wɔsan twaa adwo bio. Afei, Orpa few nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena. \p \v 15 Nanso Naomi ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo kora asan kɔ ne nkurɔfo ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.” \p \v 16 Na Rut buae se, “Nhyɛ me sɛ mimfi wo nkyɛn nsan nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfo bɛyɛ me nkurɔfo na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn. \v 17 Baabi a wubewu no, mewu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owu antetew me ne wo ntam na ɛnam biribi foforo biara so a, \nd Awurade\nd* ntwe mʼaso.” \v 18 Enti Naomi huu sɛ Rut ayɛ nʼadwene sɛ ɔne no bɛkɔ no, ogyaa ne pɛ maa no. \p \v 19 Ɛno nti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantu no so. Bere a woduu Betlehem no, wɔn nti kurow mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmea no bisae se, “Naomi ni ana?” \p \v 20 Ɔkae se, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, efisɛ \nd Awurade\nd* ama asetena ayɛ nwen ama me. \v 21 Merefi ha akɔ no na mewɔ biribiara, nanso \nd Awurade\nd* de me aba fie nsapan. Adɛn nti na mofrɛ me Naomi wɔ bere a \nd Awurade\nd* ama mahu amane na Otumfo de saa abɛbrɛsɛ yi aba me so?” \p \v 22 Enti Naomi fi Moab bae a, nʼase Rut, Moabni babun ka ne ho. Woduu Betlehem atokotwa bere mfiase no mu. \c 2 \s1 Rut Di Boas Afuw Mu Mpɛpɛ \p \v 1 Ɔbarima ɔdefo a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani. \p \v 2 Da koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi se, “Ma menkɔ afuw mu na minkodi obiara a menya nʼanim anuonyam akyi nkɔboaboa atoko ase.” \p Na Naomi kae se, “Eye, me babea, kɔ.” \v 3 Enti Rut kɔ kodii atwafo no akyi. Na nea ɛbae ne sɛ, ohuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuw mu. \p \v 4 Bere a ɔwɔ hɔ no, Boas fi Betlehem bae. Okyiaa atwafo no se, “\nd Awurade\nd* ne mo ntena!” \p Atwafo no gyee so se, “\nd Awurade\nd* nhyira wo.” \p \v 5 Boas bisaa ne sohwɛfo no se, “Ababaa bɛn na ɔwɔ nohɔ hɔ no?” \p \v 6 Sohwɛfo no buae se, “Ɔyɛ ababaa bi a ofi Moab a ɔne Naomi bae. \v 7 Anɔpa yi ara na obisaa me se, obetumi adi atwafo no akyi aboaboa atoko ano ana? Ɔyɛ nsiyɛfo a bere kakraa bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.” \p \v 8 Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut se, “Me babea tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atoko; nkɔ afuw foforo biara mu. Di mmea a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuw yi mu no akyi pɛɛ. \v 9 Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuw no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmerante no kɔkɔ sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, nom nsu a wɔakɔsaw afi abura no mu no bi.” \p \v 10 Rut butuwii, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkae se, “Adɛn nti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?” \p \v 11 Boas buae se, “Nea woayɛ ama wʼase efi wo kunu wu akyi nyinaa no, wɔaka akyerɛ me, sɛ wufii wʼagya ne wo na ne wo man mu na wo ne nnipa a wunnim wɔn wɔ baabiara bɛtenae no. \v 12 \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn a woanya guankɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.” \p \v 13 Na ɔno nso kae se, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekye na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamye so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfo no mu baako mpo no.” \p \v 14 Eduu adidibere no, Boas frɛɛ no se, “Bra ma yennidi. Wutumi de wo brodo no bɔ nsa biara a wopɛ mu.” \p Enti ɔne nʼawitwafo no tenaa ase na Boas maa no aduan sen sɛnea obetumi adi mpo. \v 15 Bere a Rut san kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmerante no se, “Momma no mmoaboa atoko no ano mfi nʼafiafi no mu na munnsiw no kwan. \v 16 Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesaw, na monnhaw no.” \p \v 17 Enti Rut sesaw atoko no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporow atoko no saa anwummere no, onyaa bɛyɛ lita aduonu abien. \v 18 Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduan a ogyaw no maa no. \p \v 19 Naomi hui no, ɔteɛɛ mu se, “Ɛdɔɔso yiye! Na ɛhe na nnɛ woboaboaa saa atoko yi nyinaa ano fi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? \nd Awurade\nd* nhyira nea ɔboaa wo no!” \p Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kae se, “Nea meyɛɛ adwuma wɔ nʼafum no, wɔfrɛ no Boas.” \p \v 20 Naomi ka kyerɛɛ nʼase no se, “\nd Awurade\nd* nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawu no nʼayamye. Saa ɔbarima no yɛ abusuafo a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ogyefo baako.” \p \v 21 Rut kae se, “Nea ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me se, mensan mmra na me ne nʼawitwafo no mmɛtena nkosi bere a wobewie otwa no.” \p \v 22 Naomi teɛɛ mu se, “Anwonwasɛm ni! Yɛ nea ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfo no ntena nkosi sɛ wobewie otwa no. Wʼasom bedwo wo wɔ hɔ sen afuw biara mu.” \p \v 23 Enti Rut ne mmea a wɔwɔ Boas afum hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atoko no ano kosii atokotwa no awiei. Afei, ɔne wɔn twaa awi nso. Nanso saa bere no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte. \c 3 \s1 Rut Wɔ Awiporowbea \p \v 1 Da bi Naomi ka kyerɛɛ Rut se, “Me babea, bere adu sɛ mehwehwɛ ofi a wobɛtena mu na wubenya nea ehia wo biara. \v 2 Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔe mmoroso sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfo aboaboa atoko ano. Anadwo yi, obehuhuw atoko so wɔ awiporowbea hɔ. \v 3 Enti yɛ nea merekyerɛ wo yi. Guare na tutu aduhuam gu wo ho na fa wo ntade pa bi hyɛ. Afei, kɔ awiporowbea hɔ, nanso mma Boas nhu wo kosi sɛ obedidi awie. \v 4 Hwɛ na hu baabi a ɔda hɔ yiye, afei, kɔ na koyi ne nan ho nkataho na da hɔ. Ɔbɛka nea ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.” \p \v 5 Rut kae se, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” \v 6 Enti ɔkɔɔ awiporowbea hɔ anadwo no, na ɔyɛɛ nea nʼase kyerɛɛ no no mu biara. \p \v 7 Boas didi wiee no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atoko mmoano no ho, na ɔfaa mu dae. Rut yɛɛ nwaa koyii ne nan ho nkataho na ɔdaa hɔ. \v 8 Anadwo dasum no, Boas bɔɔ pitiri dan ne ho. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu sɛ ɔbea da ne nan ase. \p \v 9 Obisae se, “Na hena ni?” \p Obuae se, “Ɛyɛ me wo somfo Rut. Trɛw\f + \fr 3.9 \fr*\ft Trɛw a obi trɛw nʼatade ano de gu ɔbea so no kyerɛ aware ho bammɔ.\ft*\f* wo nkataso no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefo.” \p \v 10 Na Boas kae se, “\nd Awurade\nd* nhyira wo, me babea! Worekyerɛ abusua dɔ a bi mmaa da sɛ woankodi aberantewa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani. \v 11 Afei, me babea, mma hwee nhaw wo. Mɛyɛ nea ehia wo nyinaa. Me kurow yi mu nnipa nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea a wudi wo ho ni. \v 12 Nanso akwanside baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokware turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefo mu baako de, nanso ɔbarima foforo bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani titiriw sen me. \v 13 Tena ha anadwo yi na sɛ ade kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ obegye wo a, ɛno de ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛno de, ɔkwan biara so, sɛ \nd Awurade\nd* te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma ade nkye.” \p \v 14 Enti Rut daa ne nan ho kosii adekyee nanso ɔsɔree ansa na anim tetew. Na Boas ka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi hu sɛ ɔbea bi bɛdaa awiporowbea ha.” \p \v 15 Boas toaa so kae se, “Fa wʼatade nguguso no bra na trɛw mu.” Ɔsesaw atoko no susukoraa asia guu mu na ɔboaa no ma ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas san kɔɔ kurow no mu. \p \v 16 Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, obisaa no se, “Me babea, ekosii dɛn?” \p Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no no kyerɛɛ Naomi, \v 17 na ɔtoaa so se, “Ɔmaa me atoko susukoraa asia kae se, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’ ” \p \v 18 Afei, Naomi kae se, “Me ba, twɛn kosi sɛ wubehu nea ebesi. Ɔbarima no renna so kosi sɛ asɛm no besi nnɛ yi ara.” \c 4 \s1 Boas Ware Rut \p \v 1 Boas kɔɔ kurow no pon ano kɔtenaa ase wɔ hɔ. Bere a obusuani gyefo titiriw a ɔkaa ne ho asɛm no baa hɔ no, Boas frɛɛ no kae se, “Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ.” Enti wɔtenaa ase. \p \v 2 Na Boas frɛɛ kurow no mu ntuanofo du sɛ wɔmmɛtena ase sɛ nnansefo. \v 3 Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefo titiriw no se, “Wunim Naomi a ofi Moab bae no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no. \v 4 Misusuw sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa nnansefo yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no mprempren ara, efisɛ sɛ woantumi annye a, me ne onipa a midi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ migye.” \p Na ɔbarima no buae se, “Megye.” \p \v 5 Afei, Boas ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wotɔ asase no fi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ woware Moabni okunafo Rut no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu.” \p \v 6 Ɛhɔ ara na abusua mu gyefo titiriw no kae se, “Ɛno de, merentumi ntɔ asase no, efisɛ ɛbɛhaw mʼankasa mʼagyapade. Tɔ asase no na merentumi ntɔ.” \p \v 7 Saa bere no, na ɛyɛ Israel amanne sɛ, sɛ obiara redan nʼade bi a watɔ no ɔkwan pa so ama obi foforo a, ɔworɔw ne mpaboa de ma nea ɔtɔ no. Wɔyɛ saa wɔ bagua mu de hyɛ adetɔ no mu den. \v 8 Enti abusua gyefo titiriw no worɔw ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas se, “Wo ara tɔ asase no.” \p \v 9 Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofo no ne dɔm a wɔatwa ahyia hɔ no se, “Nnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapade a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho nnansefo. \v 10 Menam asase no tɔ so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafo no sɛ me yere. Ne saa nti, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapade a ɛwɔ ne kurom ha nso. Nnɛ, mo nyinaa moyɛ nnansefo.” \p \v 11 Afei, ntuanofo no ne ɔmanfo no nyinaa sɔre gyina kae se, “Yɛyɛ nnansefo! \nd Awurade\nd* mmoa mma ɔbea a afei na ɔreba wo fi no nyɛ sɛ Rahel ne Lea\f + \fr 4.11 \fr*\ft Israelfo nyinaa ase fi Rahel ne Lea mu. Saa ara na Dawid ne Agyenkwa no yɛ Rut asefo.\ft*\f* a wɔn mu na Israel aman nyinaa fi no. Wobɛyɛ ɔkɛse wɔ Efrata na woagye din wɔ Betlehem. \v 12 Na \nd Awurade\nd* mfa ababaa yi so mma wo asefo a wɔbɛyɛ sɛ yɛn agya Peres\f + \fr 4.12 \fr*\ft Na Peres yɛ Boas aseni (\+xt Mat 1.3; Luk 3.33\+xt*).\ft*\f* a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no.” \s1 Boas Asefo \p \v 13 Enti Boas waree Rut de no kɔɔ ne fi. Afei, ɔkɔɔ ne ho na \nd Awurade\nd* ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. \v 14 Na kurow no mu mmea ka kyerɛɛ Naomi se, “Anuonyam nka \nd Awurade\nd* sɛ nnɛ da yi, wama woanya abusua gyefo! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel. \v 15 Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaabere mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Efisɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsen mmabarima ason ma wo no babarima.” \p \v 16 Na Naomi faa akokoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba. \v 17 Na mmea a wɔne no bɔ ofipam no kae se, “Afei de Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nena. \b \li4 \v 18 Tete agya Peres awo ntoatoaso ni: \b \li1 Peres woo Hesron. \li1 \v 19 Hesron woo Ram, \li1 na Ram woo Aminadab. \li1 \v 20 Aminadab woo Nahson, \li1 na Nahson woo Salmon. \li1 \v 21 Salmon woo Boas, \li1 na Boas woo Obed. \li1 \v 22 Obed woo Yisai, \li1 na Yisai woo Dawid.