\id ROM - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Romafo \toc1 Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo \toc2 Romafo \toc3 Rom \mt2 Paulo Nhoma A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Romafo \c 1 \p \v 1 Saa nhoma yi fi me, Paulo, Yesu Kristo somfo a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafo a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn. \v 2 Wɔnam Onyankopɔn adiyifo so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dedaw no mu. \v 3 Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akokoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho. \v 4 Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, efisɛ wonyan no fii awufo mu. \v 5 Ɛnam Kristo so nti na Onyankopɔn ma meyɛɛ ɔsomafo maa Kristo, sɛnea nnipa nyinaa nam gyidi so bɛyɛ osetie ama Onyankopɔn. \v 6 Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifo no nso moka ho bi. \b \p \v 7 Ɛno nti, merekyerɛw mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifo no: \b \p Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. \b \s1 Aseda Mpae \p \v 8 Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, efisɛ mo gyidi a mowɔ no adu wiase mmaa nyinaa. \v 9 Onyankopɔn a mede me koma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ nea meka no yɛ nokware. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa. \v 10 Bere biara a mebɔ mpae no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mintumi mmɛsra mo mprempren ara. \p \v 11 Efisɛ mepere hwehwɛ sɛ mehu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. \v 12 Nea mekyerɛ ne sɛ me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi mu den. \v 13 Me nuanom, monkae sɛ bere biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛnea mayɛ wɔ amanamanmufo mu no. \p \v 14 Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani atew ne wɔn a wɔn ani ntewee, wɔn a wɔasua ade ne wɔn a wonsuaa ade nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodi. \v 15 Ɛno nti mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛ mo. \p \v 16 Mʼani nwu Asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa nkwa; Yudafo kan na amanamanmufo no nso. \v 17 Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn ma yɛyɛ atreneefo, na ɛnam gyidi so na wama yɛayɛ saa. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa. \p \v 18 Onyankopɔn da nʼabufuw adi fi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfo nyinaa ne nnipa a wɔde nokware no hintaw afoforo no. \v 19 Efisɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn koma mu. \v 20 Efi bere a Onyankopɔn bɔɔ wiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔde so tumi hu saa nneɛma yi, enti wonni anoyi biara. \p \v 21 Wonim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne nidi a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. \v 22 Wɔka se wɔyɛ anyansafo nanso wɔyɛ nkwaseafo. \v 23 Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onuonyamfo a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne abo yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa som wɔn. \p \v 24 Ɛno nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afide a efi wɔn koma mu maa wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwude nso. \v 25 Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atosɛm na wɔsom abɔde sen Ɔbɔade a daa wɔkamfo no no. Amen. \p \v 26 Esiane saa nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwude. Na mpo wɔn mmea fa wɔn yɔnkonom mmea. \v 27 Saa ara nso na na mmarima ne mmea nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn ma wɔne wɔn ho wɔn ho dae, nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn. \p \v 28 Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokware no nti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom. \v 29 Amumɔyɛ ahorow nyinaa, bɔne, anibere ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, asisi ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wodii nseku, \v 30 kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforo ho; wokyi Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutuwpɛ, ahantan ne ahomaso. Na daa wodwen sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofo asɛm. \v 31 Na wonni suban; na wonni wɔn bɔhyɛ so; na wonni ayamye ne ahummɔbɔ ma afoforo. \v 32 Na wonim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase wɔ saa ɔkwan no so no sɛ owu. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afide no, na mmom wɔpenee afoforo a wɔyɛɛ saa bɔne koro no ara bi no so. \c 2 \p \v 1 Mo a mubu afoforo atɛn no, munni anoyi biara. Ɔkwan biara a mobɛfa so abu afoforo atɛn no, ɛnam saa ɔkwan no ara so ma mode atemmu ba mo ho so. Efisɛ bɔne a ɛma mubu afoforo atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne koro no ara bi. \v 2 Yenim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a na ne kwan so ara ne no. \v 3 Na wo, onipa, wubu afoforo atɛn wɔ nneɛma koro no ara a woyɛ bi no ho a, wususuw sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn ana? \v 4 Anaasɛ, ebia wummu nʼayamye, nʼabodwokyɛre ne ne boasetɔ? Wunnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so anu wo ho? \p \v 5 Nanso esiane wo komaden ne komapirim nti, woboaboa abufuwhyew ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuwhyew da no, da no a ɔbɛda nʼatɛntrenee adi no. \v 6 Nea obiara ayɛ no so akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. \v 7 Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ anuonyam, nidi ne nea ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. \v 8 Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkominya ne wɔn a wɔpo nokware no kodi bɔne akyi no, abufuwhyew ne amanehunu bɛba wɔn so. \v 9 Yudafo ne amanamanmufo a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow. \v 10 Nanso wɔn a wotie no no, sɛ wɔyɛ Yudafo anaa amanamanmufo no, wobenya anuonyam, nidi ne asomdwoe afi Onyankopɔn nkyɛn. \v 11 Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ nhwɛanim nso wɔ nʼatemmu mu. \p \v 12 Wɔn a wonnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wonim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bebu wɔn atɛn. \v 13 Ɛnyɛ mmaratiefo na wɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔyɛ osetie ma mmara no na wobebu wɔn bem. \v 14 Amanamanmufo no nni mmara, nanso wofi wɔn awosu mu yɛ nea mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwɔ mu sɛ wonni mmara de, nanso eyinom bɛyɛ mmara ama wɔn. \v 15 Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, nea mmara no hwehwɛ no, wɔakyerɛw wɔ wɔn koma mu no nti, wɔn ahonim di adanse sɛ wodi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ. \v 16 Enti asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ da no du a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bebu nnipa kokoamsɛm ho atɛn. \p \v 17 Mo Yudafo de, mususuw sɛ mo ne Onyankopɔn te no yiye, efisɛ ɔde ne mmara a monam so benya nkwagye no maa mo. Na moka wɔ mo anofafa nso se, moyɛ ne nnamfonom sononko bi. \v 18 Munim nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afi Mmara no mu ahu nea eye. \v 19 Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfo ma anifuraefo, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte sum mu. \v 20 Mugye di sɛ mubetumi akyerɛ adwenharefo ne mmofra Onyankopɔn akwan, efisɛ munim ne mmara a osuahu ne nokware ahyɛ no ma no. \v 21 Mokyerɛkyerɛ afoforo. Na adɛn nti na muntumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforo se wɔmmmɔ korɔn. Mo nso mobɔ korɔn ana? \v 22 Mo a moka se aguamammɔ nye. Mo nso mobɔ aguaman ana? Mo a moka se mukyi ahoni no, mobɔ korɔn wɔ hyiadan mu ana? \v 23 Mo a mohoahoa mo ho wɔ mmara no mu no, monam mmara no so bu so bu Onyankopɔn animtiaa ana? \v 24 Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwsɛm no ka se mo nti wiasefo kasa tia Onyankopɔn. \p \v 25 Sɛ woyɛ Yudani na wudi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ ade a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonoe biara nni mo ne momonotofo ntam. \v 26 Sɛ momonotofo di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ana? \v 27 Enti momonotoni a odi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafo a munim Onyankopɔn mmara a wɔakyerɛw no, nanso munni so no. \p \v 28 Fa a wɔde mo afa Yudasom mu atwa mo twetia, anaasɛ Yudafo na wɔwoo mo no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafo kann. \v 29 Yudani kann no ne nea ɔyɛ no wɔ ne mu. Ɛnyɛ ɔhonam mu twetiatwa ne twetiatwa turodoo, na mmom koma mu nsakrae a efi Onyankopɔn Honhom mu ba no. Nsakrae yi mfi di a obi di mmara bi a wɔakyerɛw mu. Saa onipa no ayeyi mfi nnipa afoforo bi, na mmom, efi Onyankopɔn. \c 3 \p \v 1 Ɛno de, na Yudaniyɛ so mfaso ne dɛn, anaasɛ twetiatwa so wɔ mfaso bi? \v 2 Yiw mfaso wɔ so. Nea edi kan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa. \p \v 3 Na sɛ ebinom nni gyidi ɛ? Gyidi a wonni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana? \v 4 Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofo a, Onyankopɔn de, ɔyɛ ɔnokwafo, sɛnea wɔakyerɛw se, \q1 “Wudi bem wɔ wo kasa mu \q2 na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.” \p \v 5 Na obi bɛka se, “Sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn trenee adi kann a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuwhyew ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa) \v 6 Dabi da! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔtreneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu wiase atɛn? \v 7 Obi begye akyinnye aka se, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokware da adi na nʼanuonyam boro so a, ɛno de, adɛn nti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛni?” \v 8 Ebinom nso bɛka se, “Ɛno de, momma yɛnyɛ bɔne sɛnea biribi pa befi mu aba!” Nnipa bi mpo ka se saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. \s1 Obiara Nteɛ \p \v 9 Afei, dɛn na yɛnka? Yɛn Yudafo yɛ nnipa sen amanamanmufo no ana? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dedaw sɛ Yudafo ne amanamanmufo nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. \v 10 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Obiara nyɛ ɔtreneeni; \q2 \v 11 obiara nyɛ ɔbadwemma; \q2 na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. \q1 \v 12 Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; \q2 wɔn nyinaa ayɛ bɔne. \q1 Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. \q2 Ɔbaako mpo nni hɔ.” \q1 \v 13 “Wɔn anom te sɛ ɔda a abue; \q2 na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.” \q1 “Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano bɔre. \q2 \v 14 Nnome a ɛyɛ hu na efi wɔn anom ba.” \q1 \v 15 “Wɔnam awudi so pira afoforo ntɛm. \q2 \v 16 Wɔde ɔsɛe ne awerɛhow ba, \q1 \v 17 na wonnim asomdwoe kwan.” \q2 \v 18 “Na wonsuro Onyankopɔn.” \p \v 19 Yenim sɛ biribiara a ɛwɔ mmara no mu no, wɔkyerɛw maa wɔn a wɔhyɛ mmara no tumi ase. Mmara no ka eyinom sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyi, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase nyinaa di fɔ. \v 20 Efisɛ obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ nea mmara no hyɛ sɛ ɔnnyɛ a, Onyankopɔn bebu no bem. Nea mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hu sɛ wayɛ bɔne. \b \p \v 21 Wɔada treneeyɛ a efi Onyankopɔn, na emfi mmara no adi. Ɛno na mmara no ne Adiyifo no di ho adanse. \v 22 Saa treneeyɛ a efi Onyankopɔn yi nam gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifo nyinaa. Nsonoe biara nni mu. \v 23 Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, \v 24 nanso ɔnam Kristo adom nkwagye no so abu wɔn nyinaa bem. \v 25 Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔre mma yɛn. Kristo de ne mogya mae, sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi a yebenya wɔ ne mu nti wobegye yɛn. Saa afɔre yi ma yehu sɛ, mmere a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛe. \v 26 Efisɛ na Onyankopɔn rehwɛ kwan na ɔde wɔn abɛka nea ɔreyɛ saa bere yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ eyi de kyerɛɛ ne trenee, efisɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na obu atɛntrenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfo gye Yesu di a, obu wɔn sɛ wɔteɛ wɔ nʼani so. \p \v 27 Ɛno de, na ahohoahoa wɔ he? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yedi so no nti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ogye yɛn no nnyina mmara a yedi so, na mmom, egyina gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu mu. \v 28 Ne tiaatwa ne sɛ, wɔnam gyidi so na wobu onipa bem, na ɛnyɛ mmara a odi so no nti. \v 29 Onyankopɔn yɛ Yudafo nko ara Nyankopɔn ana? Ɔnyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn bi ana? Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn. \v 30 Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidi nko ara a Yudafo wɔ so bebu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidi nko ara so bebu amanamanmufo bem. \v 31 Enti eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidi no so gyae Mmara no so di ana? Dabi da, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛfoa Mmara no adanse so. \c 4 \s1 Wogyina Abraham Gyidi So Bu No Bem \p \v 1 Asɛm bɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? Osuahu bɛn na onyae? \v 2 Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛe so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso ɔrentumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim. \v 3 Kyerɛwsɛm no kyerɛ yɛn se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni no.” \p \v 4 Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wobu nʼakatua no sɛ akyɛde, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. \v 5 Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfo to mu, efisɛ wɔwɔ gyidi wɔ ne mu. \v 6 Dawid ka asɛm koro no ara se nhyira a efi Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfi nnipa nnwuma mu. Ɛno nti Dawid kae se: \q1 \v 7 “Nhyira ne wɔn a \q2 wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn, \q2 na wɔakata wɔn bɔne so. \q1 \v 8 Nhyira nka onipa a \q2 Awurade mmu ne bɔne ngu ne so da.” \p \v 9 Saa anigye a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafo nko ana? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wontwaa twetia no; efisɛ yɛakenkan afi Kyerɛwsɛm no mu se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii, na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni.” \v 10 Bere bɛn na saa asɛm yi sii? Esii ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na esii? Esii ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na esii. \v 11 Akyiri yi na wotwaa no twetia na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, na Onyankopɔn agye no sɛ ɔtreneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wogye Onyankopɔn di nyinaa na wagye wɔn sɛ atreneefo a wontwaa wɔn twetia nso. \v 12 Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidi sɛnea na Abraham wɔ gyidi ansa na wɔretwa no twetia no. \p \v 13 Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefo bɔ sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo, mmom ɛnam trenee a efi gyidi mu so. \v 14 Sɛ wɔn a wodi Mmara so yɛ adedifo a, ɛno de na gyidi nka hwee, na bɔhyɛ no nso so nni mfaso, \v 15 efisɛ mmara de abufuwhyew ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ. \p \v 16 Enti bɔhyɛ no fi gyidi mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebefi adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefo nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidi sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. \v 17 Sɛnea wɔakyerɛw no, “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, efi sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufo nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforo fi nea enni hɔ mu dii. \p \v 18 Bere a anidaso asa no, Abraham nyaa anidaso gye dii, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛnea na wɔaka akyerɛ no se, “Saa na wʼasefo bɛyɛ” no. \v 19 Abraham gyidi anhinhim bere a na ɔreyɛ adi mfe ɔha no mpo. Na onim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. \v 20 Nanso ne gyidi anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnye. Ɔhyɛɛ ne gyidi mu den de anuonyam maa Onyankopɔn. \v 21 Na ogye dii yiye sɛ Onyankopɔn betumi ayɛ nea wahyɛ ho bɔ no. \v 22 Eyi nti wobuu no sɛ trenee maa no. \v 23 Wɔkyerɛw se, “Wobuu no sɛ trenee maa no” no, wɔankyerɛw amma ɔno nko ara. \v 24 Na mmom wɔkyerɛw maa yɛn nso a Onyankopɔn bebu yɛn sɛ atreneefo, yɛn a yegye nea onyan Yesu, yɛn Awurade fii awufo mu di no. \v 25 Yɛn bɔne nti, woyii no maa owu, na wonyan no maa yɛn bembu. \c 5 \s1 Asomdwoe Ne Anigye \p \v 1 Afei a ɛnam gyidi so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoe. \v 2 Ɔnam gyidi so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu mprempren no mu. Yɛn ani gye wɔ anidaso mu sɛ yebenya Onyankopɔn anim anuonyam. \v 3 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom, yɛwɔ yɛn haw mu anuonyam nso, efisɛ yenim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, \v 4 na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu nso de anidaso ba. \v 5 Saa anidaso yi renni yɛn nhuammɔ, efisɛ Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛde a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn koma mu. \p \v 6 Bere a ɛsɛ mu, bere a yɛyɛ mmerɛw no, Kristo wu maa amumɔyɛfo. \v 7 Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee mpo, na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no. \v 8 Nanso Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ eyi mu sɛ, bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn. \p \v 9 Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no nti, wɔnam ne so begye yɛn afi Onyankopɔn abufuwhyew mu. \v 10 Na sɛ bere a yɛyɛ atamfo mpo Onyankopɔn de ne Ba no wu yɛɛ mpatade maa yɛn a, saa mmere yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi de, yenim sɛ ɔnam ne Ba no so begye yɛn nkwa. \v 11 Ɛnyɛ eyi nko, mmom yɛnam Awurade Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no so hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu. \s1 Adam Yɛ Owu Farebae, Kristo Yɛ Nkwa Farebae \p \v 12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa wiase, na ne bɔne no de owu bae. Ɛno nti owu trɛw baa nnipa nyinaa so, efisɛ wɔn nyinaa yɛɛ bɔne. \p \v 13 Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde mmara no reba. Nanso mmara nni hɔ a, wommu bɔne ho akontaa. \v 14 Nanso efi Adam bere so kosi Mose bere so no, owu dii nnipa nyinaa so kosii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne so, sɛnea Adam de, ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɔkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, nea na ɔrebɛba no, sɛso. \p \v 15 Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, efisɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware sɛ esiane saa onipa baako no bɔne nti, nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no. \v 16 Bio, Onyankopɔn akyɛde no nte sɛ nsunsuanso a efi onipa baako bɔne mu bae no. Atemmu no nam bɔne baako so de afobu bae, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛde no de bembu bae. \v 17 Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so na owu dii hene a, ɛno de wɔn a wonya adom mmoroso ne trenee akyɛde no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bedi hene wɔ nkwa mu. \p \v 18 Enti sɛnea onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛe no ma wobuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na trenee nneyɛe baako ma wobuu nnipa nyinaa bem, ma yenyaa nkwa. \v 19 Na sɛnea ɛnam ɔbaakofo asoɔden so nti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfo no, saa ara nso na onipa baako setie nti wɔbɛyɛ bebree atreneefo. \p \v 20 Wɔyɛɛ mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodow a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso, \v 21 enti sɛnea bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owu mu no, saa ara na adom no nam trenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn Awurade mu bɛba no. \c 6 \s1 Nkwa Wɔ Kristo Mu \p \v 1 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso ana? \v 2 Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? \v 3 Anaa munnim sɛ bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu? \v 4 Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase wɔ nkwa foforo mu. \p \v 5 Na sɛ yɛne no ayɛ koro wɔ ne wu mu a, wɔbɛfa saa ɔkwan koro no ara so anyan yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. \v 6 Yenim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dedaw no ne Kristo asennua mu. Wɔyɛɛ eyi sɛnea nipadua dedaw a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, \v 7 efisɛ sɛ onipa wu a, na wɔayi no afi bɔne tumi ase. \p \v 8 Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidi sɛ yɛne no bɛtena. \v 9 Efisɛ yenim sɛ wɔanyan Kristo afi owu mu, na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio. \v 10 Ne wu a owui no yɛɛ owuprɛko maa bɔne, na nʼase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn. \p \v 11 Ɛno nti saa ɔkwan koro ara so na ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na motena ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. \v 12 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne. \v 13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mugyaw mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumɔyɛsɛm. Na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ trenee nnwuma. \v 14 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, efisɛ monhyɛ mmara ase, na mmom mohyɛ adom ase. \s1 Trenee Nkoa \p \v 15 Dɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne ana? Dabi da. \v 16 Munnim sɛ, nea mutie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owu mu, anaasɛ osetie a ɛde kɔ trenee. \v 17 Nanso yɛda Onyankopɔn ase. Efisɛ bere bi a atwa mu a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo koma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. \v 18 Wɔagye mo afi bɔne mu ama moabɛyɛ nkoa ama trenee. \p \v 19 Esiane mo nipasu nti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate eyinom nyinaa ase. Sɛnea mmere bi mode mo ho nyinaa maa sɛ afide ne amumɔyɛsɛm nkoa no, afei de momfa nyɛ nkoa mma trenee nkɔ kronkronyɛ mu. \v 20 Bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na treneeyɛ nni mo so tumi. \v 21 Moyɛɛ nneyɛe a afei de mo ani wu wɔ ho no, mfaso bɛn na munyae? Nea ekowiei ne owu. \v 22 Nanso mprempren wɔagye mo afi owu mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfaso a munya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na nea efi mu ba yɛ nkwa a enni awiei. \v 23 Na bɔne so akatua yɛ owu, nanso Onyankopɔn akyɛde yɛ nkwa a enni awiei, wɔ Kristo Yesu yɛn Awurade mu. \c 7 \s1 Wɔde Aware Yɛ Mfatoho \p \v 1 Me nuanom, munim sɛ esiane sɛ mo nyinaa nim mmara no nti, mote nea mepɛ sɛ meka no ase sɛ; mmere dodow a onipa te ase no, mmara di ne so ana? \v 2 Te sɛ ɔbea warefo, mmere dodow a okunu no te ase no de, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu de a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. \v 3 Ɛno nti sɛ ɔkɔ ɔbarima foforo ho wɔ bere a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ ne kunu no wu a na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio; ɛno nti sɛ ɔware ɔbarima foforo a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo. \p \v 4 Afei me nuanom, mo nso, Kristo wu a owui nti moawu afi mmara no tumi ase. Ne saa nti, mone ɔno a wonyan no fii awufo mu abom sɛnea mobetumi asom Onyankopɔn. \v 5 Bere a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔne su nam mmara no so kanyan yɛn wɔ yɛn mu ma yɛyɛɛ adwuma maa owu. \v 6 Afei de, yɛnhyɛ mmara biara ase efisɛ yewu fii nea ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafo no ase. Afei de, yɛnhyɛ mmara biara a wɔakyerɛw no dedaw ase bio, na mmom yɛnam honhom foforo kwan so na ɛsom. \s1 Yɛne Bɔne Di Aperepere \p \v 7 Enti asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne ana? Dabi da! Mmom, ɛnam mmara so na mihuu sɛnea bɔne te. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi ade” a, anka minnim anibere. \v 8 Bɔne nyaa kwan nam mmara nsɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahorow bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi. \v 9 Ansa na mehu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no bae no, metee bɔne ase, na miwui. \v 10 Mihuu sɛ mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no, de owu bae. \v 11 Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa kwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so maa bɔne kum me. \v 12 Nanso mmara no yɛ kronkron; na Mmaransɛm no nso yɛ kronkron, ɛteɛ na eye nso. \p \v 13 Ade a eye no bɛyɛɛ owu maa me ana? Dabi da! Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa nea eye so de owu brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me huu sɛ bɔne yɛ ade a ɛyɛ hu. \p \v 14 Yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne. \v 15 Mente nea meyɛ ase; efisɛ menyɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ na mmom, meyɛ nea mikyi. \v 16 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ mepene so sɛ mmara no ye. \v 17 Sɛnea ɛte no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ eyi; na mmom bɔne a ɛte me mu no. \v 18 Minim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Efisɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye nanso mintumi nyɛ. \v 19 Papa a mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ. \v 20 Sɛ meyɛ nea mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛe, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no. \p \v 21 Mmara no ama mahu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ nea minim sɛ eye. \v 22 Me koma nyinaa mu, migye Onyankopɔn mmara to mu. \v 23 Nanso mifi mʼakwaa nyinaa mu hu sɛ biribi ne mʼadwene di aperepere, ɛma meyɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma meyɛ biribiara. \v 24 Minni ahotɔ! Hena na obegye me afi saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owu mu yi mu? \v 25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase. \p Na afei mʼankasa mʼadwene mu no, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne. \c 8 \s1 Nkwa A Efi Honhom Mu \p \v 1 Enti afɔbu nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu, \v 2 efisɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a efi Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afi mmara a ɛde owu ba. \v 3 Esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ nea Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔre maa yɛn, na obebuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. \v 4 Onyankopɔn yɛɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛde ama yɛn, yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnantew honhom mu no. \p \v 5 Wɔn a ɔhonam mmerɛwyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom de. \v 6 Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛwyɛ adwene no bewu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no benya nkwa ne asomdwoe. \v 7 Adwene a ɛdwene ɔhonam mu no tan Onyankopɔn, efisɛ ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. \v 8 Wɔn a wodwen ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. \p \v 9 Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ ɔhonam mmrɛwyɛ na edi mo so. Na sɛ obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea. \v 10 Ɛwɔ mu sɛ bɔne bɛma mo nipadua yi awu de, nanso sɛ Kristo te mo mu a, ne trenee nti mo honhom te ase. \v 11 Sɛ Onyankopɔn Honhom a onyan Yesu fii awufo mu no te mo mu a, ɛno de, nea onyan Kristo fii awufo mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa. \p \v 12 Enti anuanom, yɛwɔ asodi bi, nanso yɛnyɛ mma ɔhonam no sɛnea ɔpɛ. \v 13 Sɛ motena ase ma ɔhonam a, mubewu. Nanso sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mubenya nkwa. \p \v 14 Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma. \v 15 Efisɛ moannya honhom a ɛma mo yɛ nkoa bio ma osuro, na mmom moanya mmayɛ Honhom na yɛnam ne so su se, “Abba, Agya!” \v 16 Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. \v 17 Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma nti yɛyɛ adedifo; Onyankopɔn adedifo a yɛne Kristo wɔ kyɛfa wɔ mu, nanso gye sɛ yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanuonyam no. \s1 Daakye Anuonyam \p \v 18 Minim sɛ amane a yɛrehu no saa bere yi nyɛ nea wɔde toto anuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho. \v 19 Abɔde nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no kwan. \v 20 Efisɛ bere a emfi abɔde pɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔde fɔ sɛ ɛnnan ade hunu. Nanso na saa anidaso yi wɔ hɔ \v 21 sɛ, da bi, abɔde no bɛde ne ho afi nkoayɛ ne ɔporɔw mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadi mu anuonyam. \p \v 22 Yenim sɛ ebesi saa bere yi abɔde nyinaa pene sɛ ɔpemfo a awo aka no. \v 23 Nanso ɛnyɛ abɔde nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛde no nso si apini bere a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho wɔ ɔhonam fam nso. \v 24 Na wɔnam saa anidaso yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yehu nea yɛn ani da so no de a, na ɛnyɛ anidaso bio. Na hena na nʼani tumi da ade a ɔwɔ dedaw so? \v 25 Na sɛ yɛn ani da ade a yɛn nsa nkae so a, yɛde boasetɔ twɛn. \p \v 26 Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ, yennim ɔkwan a wɔfa so bɔ mpae sɛnea ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisi de nsɛm a enni kabea di ma yɛn. \v 27 Onyankopɔn a ohu nnipa koma mu no nim Honhom no nsusuwii, efisɛ Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim. \s1 Yɛsen Nkonimdifo \p \v 28 Yenim sɛ ade nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ewie wɔn yiye. Edi boa wɔn a ɔnam nʼatirimpɔw so afrɛ wɔn. \v 29 Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dedaw no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. \v 30 Onyankopɔn frɛɛ wɔn a oyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a oyii wɔn no, obuu wɔn bem. Na wɔn a obuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn anuonyam nso. \s1 Onyankopɔn Wɔ Yɛn Afa \p \v 31 Afei, asɛm bɛn; dɛn na yɛbɛka afa eyinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi? \v 32 Nea wankame nʼankasa ne Ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? \v 33 Hena na obebu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na obu bem. \v 34 Hena na obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na wonyan no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn wɔ Onyankopɔn anim no. \v 35 Hena na obetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa owu na ebetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no ana? \v 36 Dabi da! Wɔakyerɛw se, \q1 “Wo nti wokum yɛn daa nyinaa; \q2 wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.” \m \v 37 Nanso eyinom nyinaa mu no, yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. \v 38 Migye di ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi \v 39 anaa ɔsoro anaa fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛn ne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da. \c 9 \s1 Onyankopɔn Ne Ne Manfo \p \v 1 Mereka nokware sɛ Okristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanse kyerɛ me sɛ minni atoro. \v 2 Midi awerɛhow na mete daa yaw wɔ me koma mu ma me nkurɔfo. \v 3 Wɔn nti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔtew me fi Kristo ho. \v 4 Wɔyɛ Onyankopɔn manfo a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asan atena nʼanuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɔkwan pa a wɔfa so som maa wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. \v 5 Wɔyɛ tete agyanom asefo, na esiane sɛ Kristo baa onipasu mu nti ɔyɛ wɔn aseni. Ayeyi nka Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfo no daadaa. Amen. \p \v 6 Menka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, efisɛ ɛnyɛ Israelfo nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfo. \v 7 Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛw.” \v 8 Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo. \v 9 Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka se, “Ampa ara, mɛsan aba wo nkyɛn bio bere a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no. \p \v 10 Ɛnyɛ eyi nko. Rebeka mma baanu no nyinaa fii agya koro a ɔne yɛn agya Isak. \v 11 Na sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no nti, \v 12 ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanyin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa eyi ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛe so, \v 13 sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Medɔɔ Yakob na metan Esau” no. \p \v 14 Afei asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana? Dabi da! \v 15 Efisɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, \q1 “Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ, \q2 na nea mepɛ sɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe.” \m \v 16 Eyi kyerɛ sɛ, ennyina nea obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom egyina Onyankopɔn ahummɔbɔ so. \v 17 Kyerɛwsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao se, “Eyi ara nti na misii wo hene nam so daa me tumi adi, sɛnea ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ mmaa nyinaa.” \v 18 Ɛno de, Onyankopɔn hu nea ɔpɛ sɛ ohu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa. \p \v 19 Afei obi bebisa se, “Sɛ yentumi nsiw Onyankopɔn pɛ ho kwan a, adɛn nti na ɔbɔ yɛn sobo?” \v 20 Onua, wone hena a wubetumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kuku mmisa ne nwemfo se, “Adɛn nti na wonwen me sɛɛ?” \v 21 Ɔnwemfo no wɔ ho kwan sɛ ɔde dɔte no nwen nea ɔpɛ biara. Otumi nwen nkuku abien fi dɔte mu, na ɔde mu baako adi dwuma titiriw bi, na ɔde baako no nso ayɛ nea ɔpɛ biara. \p \v 22 Saa ara na ade biara a Onyankopɔn ayɛ no te. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuw adi na ɔma wohu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ofi nʼabufuwhyew mu rebɛsɛe wɔn no. \v 23 Ɔyɛɛ eyi de kyerɛɛ sɛnea nʼanuonyam no te, bere a onyaa ayamhyehye maa wɔn a wayi wɔn dedaw sɛ wɔmmɛyɛ nʼanuonyam no fafafo. \v 24 Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn fii Yudafo mu nko ara, na mmom amanamanmufo nso. \v 25 Wɔka wɔ Hosea nhoma mu se, \q1 “Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfo no ‘me nkurɔfo,’ \q2 na nea ɔnyɛ me dɔfo no mɛfrɛ no ‘me dɔfo,’ ” \m \v 26 na \q1 “Beae koro no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn se, \q2 ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, \q2 ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn se ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’ ” \m \v 27 Na Yesaia dii Israelfo ho yaw sɛ, \q1 “Sɛ Israelfo dɔɔso sɛ mpoano nwea mpo a, \q2 wɔn mu kakraa bi na wobegye wɔn nkwa. \q1 \v 28 Efisɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛnea ɛte biara no, \q2 ɔbɛyɛ nea wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.” \m \v 29 Yesaia nso kae se, \q1 “Sɛ Asafo Awurade \q2 annyaw yɛn asefo a, \q1 anka yɛayɛ sɛ Sodom, \q2 na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.” \s1 Israel Nnye Nni \p \v 30 Afei asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufo a wɔanhwehwɛ trenee akyi kwan no nam gyidi so yɛɛ atreneefo; \v 31 Nanso Israelfo a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so no bɛsɔ Onyankopɔn ani mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu. \v 32 Adɛn nti na ɛbaa saa? Efisɛ wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so di so sɔ Onyankopɔn ani, nanso anka ɛsɛ sɛ wonya gyidi wɔ Onyankopɔn mu mmom. Wohintiw “hintibo” no. \v 33 Sɛnea wɔakyerɛw se, \q1 “Hwɛ, Mede ɔbo a ɛma nnipa hintiw ato Sion \q2 ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase, \q2 na nea ɔde ne ho to no so no anim rengu ase da.” \c 10 \s1 Gyidi Ne Bɔneka \p \v 1 Anuanom, nea me koma pere hwehwɛ yɛ me mpae a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfo sɛ wobenya nkwagye. \v 2 Metumi adi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ. Nanso wɔn som no mfi nimdeɛ mu. \v 3 Wɔammu trenee a efi Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Eyi amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. \v 4 Kristo ne mmara no awiei, enti obiara a ogye di no bɛyɛ ɔtreneeni. \p \v 5 Mose kyerɛe sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, obetumi asɔ Onyankopɔn ani, bere a ɔkyerɛw se, “Sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a, ɔnyɛ nea mmara no ka no nyinaa.” \v 6 Nanso wɔn a wɔn gyidi nti Onyankopɔn agye wɔn no, mmisa wɔ wɔn koma mu se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?” \v 7 Na wɔremmisa nso se, “Hena na ɔbɛkɔ awufo asase so akonyan no aba nkwa mu?” \v 8 Nea Kyerɛwsɛm no ka ni: “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu.” Eyi ne asɛm a ɛfa gyidi ho a yɛka no. \v 9 Sɛ wopae mu ka se, “Yesu ne Awurade,” na wugye di sɛ Onyankopɔn na onyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa. \v 10 Na yefi koma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye. \v 11 Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔde ne ho to ne so no, nʼanim rengu ase.” \v 12 Nsonoe biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na ohyira wɔn a wosu frɛ no. \v 13 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.” \p \v 14 Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa benya gyidi wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagye? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. \v 15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no anan yɛ fɛ.” \p \v 16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?” \v 17 Ɛno de, na gyidi no fi asɛm no tie mu, nea yɛte fi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. \v 18 Nanso mibisa se: Wɔante ana? Mmom wɔtee: \q1 “Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, \q2 na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.” \m \v 19 Mibisa bio se, Israelfo ante ase ana? Nea edi kan, Mose ka se, \q1 “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me man mpo ho ninkunu. \q2 Mede ɔman a wonni ntease bɛhyɛ mo abufuw.” \m \v 20 Na Yesaia de akokoduru ka se, \q1 “Wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me; \q2 medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wommisaa mʼase no.” \m \v 21 Na nea ɔka faa Israelfo ho ne sɛ, \q1 “Da mu nyinaa matrɛw me nsa mu \q2 ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.” \c 11 \s1 Israel Nkae No \p \v 1 Afei mibisa se, Onyankopɔn atow ne man akyene ana? Dabi da. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mifi Benyamin abusua mu. \v 2 Onyankopɔn ampo ne nkurɔfo a oyii wɔn mfiase no. Munim nea Kyerɛwsɛm no ka fa Elia ho sɛnea ɔkasa tiaa Israelfo wɔ Onyankopɔn anim se, \v 3 “Awurade, wɔakum wʼadiyifo na wɔadwiriw wʼafɔremuka, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wokum me.” \v 4 Mmuae bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kae se, “Mewɔ nnipa mpem ason a wɔnsom ɔbosom Baal.” \v 5 Saa ara nso na ɛte nnɛ. Nnipa kakraa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. \v 6 Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a oyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛno de na adom no nyɛ adom turodoo. \p \v 7 Ɛno de na ɛne dɛn? Nea Israelfo tiw akyi hwehwɛe no, wɔn nsa anka, na mmom kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no de, wɔn nsa kae. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn koma \v 8 sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ bɔtee, \q2 ani a ɛmma wonhu ade \q2 aso a ɛmma wɔnte asɛm, \q1 de besi nnɛ.” \m \v 9 Na Dawid ka se, \q1 “Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri \q2 na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso! \q1 \v 10 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade; \q2 na wɔn akyi nkuntun afebɔɔ.” \p \v 11 Afei mibisa se, bere a Yudafo yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛe mu ana? Dabi! Amanamanmufo nam Yudafo no bɔne a wɔyɛɛ no so nyaa nkwagye. Eyi maa Yudafo no twee wɔn ho ninkunu. \v 12 Yudafo no bɔne a wɔyɛɛ no de nnepa brɛɛ wiase na wɔn honhom mu hia a wodii no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufo. Na ɛba sɛ Yudafo no mu bebree bɛka wɔn ho a nhyira mmoroso bɛn na ɛremma? \p \v 13 Afei merekasa akyerɛ mo amanamanmufo: Esiane sɛ meyɛ amanamanmufo ɔsomafo nti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho. \v 14 Sɛ ebetumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafo no kɔn adɔ nea mo amanamanmufo nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa. \v 15 Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne wiasefo aka abɔ mu a, ɛno de sɛ Onyankopɔn twe wɔn bata ne ho a ɛbɛyɛ dɛn? Ɛbɛyɛ nkwa ama awufo. \v 16 Sɛ wɔde brodo sin ma Onyankopɔn a, ɛno de, na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ dua no ntin yɛ kronkron a, ne mman no nyinaa nso yɛ kronkron. \p \v 17 Wɔapenpan ngodua a wɔahyɛ da adua no mman no bi agu, na wɔde ngodua a wɔanhyɛ da annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufo no te sɛ ngodua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei de, mo ne Yudafo no nyinaa nya Onyankopɔn dom a wɔde adom wɔn no pɛ. \v 18 Nanso monhwɛ yiye na moanhoahoa mo ho sɛ wɔde mo asi mman a wɔapenpan no anan mu. Monkae sɛ moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ ntin. \v 19 Na mobɛka se, “Eye, wobubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn anan mu.” \v 20 Yiw, nanso monkae sɛ wɔpenpan saa mman a ɛyɛ Yudafo no, efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na mugye di nti na mowɔ hɔ. Mommma mo ho so, na mmom munsuro nea ebetumi asi. \v 21 Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafo a wɔte sɛ ngodua pa mman no bɔne ankyɛ wɔn a, mususuw sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo ana? \p \v 22 Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamye ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam ye ma mo wɔ bere a mode mo ho ato nʼayamye so. Na sɛ moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpenpan mo. \v 23 Na sɛ Yudafo no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsan de wɔn ayɛ dua no mman bio. Obetumi ayɛ saa. \v 24 Na sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔde mo a moyɛ wuram ngodua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho de, anka ɛmfa ɔkwan mu a, ɛno de, ɔbɛpɛ no mmoroso sɛ ɔde Yudafo no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa de no ho. \s1 Onyankopɔn Ahummɔbɔ Wɔ Hɔ Ma Obiara \p \v 25 Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote ase, sɛnea monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafo no mu bi apirim wɔn koma, nanso sɛ amanamanmufo no nyinaa dan ba Kristo nkyɛn a ɛto betwa. \v 26 Enti Israelfo nyinaa benya nkwagye. Mokae nea adiyifo no kaa wɔ eyi ho? \q1 “Agyenkwa no befi Sion aba, \q2 na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu. \q1 \v 27 Na medi apam a mene wɔn ayɛ no so \q2 na mapepa wɔn bɔne.” \p \v 28 Yudafo no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfo. Na mo, amanamanmufo anya so mfaso, efisɛ Onyankopɔn de nʼakyɛde no ama mo. Nanso Yudafo yɛ ne man a wapaw wɔn ara, esiane bɔ a wahyɛ wɔn nenanom nti, \v 29 efisɛ wɔrennan Onyankopɔn akyɛde ne ne frɛ no ani. \v 30 Na mo amanamanmufo de, bere a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafo no poo nʼahummɔbɔ no nti Onyankopɔn huu mo mmɔbɔ mmom. \v 31 Saa ara nso na esiane adom a moanya no nti, mprempren, Yudafo no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyi no wɔn nso benya Onyankopɔn adom no. \v 32 Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛnea ɔbɛyɛ adom ama obiara. \s1 Awiei \q1 \v 33 Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a mu dɔ! \q2 Hena na obetumi ahu nʼatemmu mu pɛɛpɛe, \q2 na wahu nea nʼakwan nenam. \q1 \v 34 “Hena na onim Awurade adwene \q2 anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?” \q1 \v 35 “Hena na wama Onyankopɔn biribi kan \q2 a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?” \q1 \v 36 Efisɛ ade nyinaa fi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsan akɔ ne nkyɛn bio. \q2 Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen. \c 12 \s1 Afɔrebɔ A Ɛte Ase Ma Onyankopɔn \p \v 1 Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ muso mu. \v 2 Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ. \p \v 3 Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka kyerɛ mo nyinaa se, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛnea ɛsɛ sɛ modwene, na mmom monnwene mo ho ahobrɛase mu, na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so. \v 4 Sɛnea yɛn mu biara wɔ nipadua a ho akwaa yɛ bebree, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a edi no, \v 5 saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea. \v 6 Yɛwɔ akyɛde ahorow sɛnea wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛde yɛ nkɔmhyɛ a, ma onnyina ne gyidi so mfa nyɛ adwuma. \v 7 Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom. Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ. \v 8 Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforo a, ma omfi koma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamye a, ma ɔmfa anigye nyɛ. \s1 Onuadɔ \p \v 9 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokware turodoo. Munkyi amumɔyɛ. Mommata nea eye ho. \v 10 Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho mo ho. Munni afoforo ni nsen mo ho. \v 11 Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hyew wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛw nsom Awurade. \v 12 Munnya anidaso mu anigye, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidi mmɔ mpae. \v 13 Mone Onyankopɔn nkurɔfo a ahia wɔn no nkyɛ nea mowɔ. Mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden. \p \v 14 Munhyira wɔn a wɔtaa mo no. Munhyira wɔn, na monnnome wɔn. \v 15 Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu. \v 16 Mo ne afoforo ntena asomdwoe mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfo. Mummmu mo ho anyansafo. \p \v 17 Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ nea ɛbɛma nnipa de nidi ama mo. \v 18 Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne obiara ntena asomdwoe mu. \v 19 Monntɔ were me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuw ho kwan efisɛ wɔakyerɛw se, “Me na aweretɔ wɔ me, metua ka,” Awurade na ose. \v 20 Nanso, \q1 “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni; \q2 sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom. \q1 Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansramma ano gu nʼatifi.” \m \v 21 Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so. \c 13 \s1 Momfa Nidi Mma Tumi \p \v 1 Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ tumi biara nni hɔ a emfi Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no fi Onyankopɔn. \v 2 Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asi no tia nea Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmu ba nʼankasa so. \v 3 Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfo, na mmom wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ no na wosuro atumfo. Wopɛ sɛ woyɛ obi a onsuro nea tumi wɔ ne nsam ana? Ɛno de, yɛ nea ɛteɛ na ɔbɛkamfo wo. \v 4 Efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo a wo yiyedi mu nti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no efisɛ ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn somfo, enti ɔnam Onyankopɔn abufuw so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. \v 5 Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuw no nti, na mmom, esiane nim a wunim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no nti. \p \v 6 Eyi nti na ɛsɛ sɛ wutua tow, efisɛ sɛ atumfo no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. \v 7 Enti tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapade ho ka, na fa obu ne nidi ma wɔn nyinaa. \s1 Asɛde \p \v 8 Nne obiara ka. Ka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforo. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so. \v 9 Mmaransɛm a ɛka se, “Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma wʼani mmere ade,” eyinom ne nea ɛkeka ho nyinaa tiaatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” \v 10 Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so. \p \v 11 Ɛsɛ sɛ woyɛ eyi, efisɛ wunim dɔn ko a yɛwɔ mu. Bere adu sɛ wosɔre fi wo nna mu. Efisɛ bere a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa no abɛn sen bere a yegye dii kan no. \v 12 Adesae retwa mu, na adekyee reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yennyae nneɛma a ɛyɛ sum de no yɛ, na momfa akode a wɔde ko wɔ hann mu no. \v 13 Momma yɛmmɔ yɛn bra yiye te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsabow, aguamammɔ anaa ahohwi, ɔko anaa anibere nni mu. \v 14 Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntama a mufura, na morempɛ sɛ mobɛyɛ nea ɔhonam pɛ. \c 14 \s1 Mummmu Atɛn \p \v 1 Sɛ obi gyidi sua wɔ mo mu a munnye no; mo ne no nnnye nea nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnye. \v 2 Obi gyidi ma otumi di biribiara, nanso obi a ne gyidi sua no di afumduan nko ara. \v 3 Ɛnsɛ sɛ nea odi biribiara no bu nea onni biribiara no animtiaa; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a odi afumduan nko ara no bu nea odi biribiara no atɛn; efisɛ Onyankopɔn agye no. \v 4 Wo ne hena a wubu obi somfo atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka se wadi nkonim anaasɛ wadi nkogu. Na obedi nkonim, efisɛ Awurade betumi ama wadi nkonim. \p \v 5 Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sen nna a aka no. Saa ara nso na onipa afoforo nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi. \v 6 Obiara a obebu da bi kɛse no yɛ saa de hyɛ Awurade anuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, efisɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase. \v 7 Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho; \v 8 sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; na sɛ yewu a, yewu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yewu o, yɛyɛ Awurade de. \v 9 Na eyi nti na Kristo wui, na ɔsɔree, na onyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura. \p \v 10 Na wo, afei, adɛn nti na wubu wo nua atɛn? Na wo, adɛn nti na wubu wo nua animtiaa? Yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn. \v 11 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Awurade ka se, mete ase yi, \q1 obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim; \q2 na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.” \m \v 12 Yɛn mu biara bebu ne ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. \p \v 13 Ɛno nti momma yennyae yɛn ho yɛn ho atemmu. Mmom, nea ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu. \v 14 Ahotoso a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mihu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho ntew. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho ntew a na saa onipa no na ɛho ntew mma no. \v 15 Sɛ biribiara a wudi haw wo nua a, ɛno de na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduan a wudi no nsɛe onipa a ne nti Kristo wui no. \v 16 Mma ade a wubu sɛ eye no nnye din bɔne. \v 17 Efisɛ Onyankopɔn Ahenni no nyɛ adidi ne ɔnom na mmom ɛyɛ trenee, asomdwoe ne ahosɛpɛw a ɛwɔ Honhom Kronkron mu. \v 18 Obiara a ɔsom Kristo wɔ saa ɔkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no. \p \v 19 Ɛno nti ɛsɛ sɛ yetumi tena asomdwoe mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidi a emu yɛ den. \v 20 Nnyina aduan so nsɛe nea Onyankopɔn ayɛ. Aduan biara yɛ aduan, nanso sɛ wudi aduan a ɛde ɔfoforo bɛkɔ bɔne mu a ɛyɛ bɔne. \v 21 Ade trenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wonwe nam, nnom nsa anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua hintidua. \p \v 22 Nea wugye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne nea ɔyɛ nʼapɛde a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn. \v 23 Na sɛ ne tirim nteɛ no wɔ nea odi ho na sɛ odi a, Onyankopɔn bu no atɛn, efisɛ nea ɔyɛ no mfi gyidi mu. Biribiara a emfi gyidi mu no nso yɛ bɔne. \c 15 \p \v 1 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidi mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛw no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani. \v 2 Yɛn mu biara nkamfo ade pa biara a ne yɔnko yɛ mfa nhyɛ no den. \v 3 Kristo mpo anyɛ nea ɔpɛ, sɛnea Kyerɛwsɛm ka se, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.” \v 4 Biribiara a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso. \p \v 5 Onyankopɔn a yenya boasetɔ ne nkuranhyɛ fi ne nkyɛn no mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, \v 6 sɛnea ɛbɛyɛ a mo nyinaa de koma koro ne ano koro bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no. \p \v 7 Munnyigye mo ho mo ho nto mu mfa nkamfo Onyankopɔn sɛnea Kristo agye mo no. \v 8 Efisɛ meka kyerɛɛ mo se Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafo somfo de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, \v 9 na wama amanamanmufo nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Eyi nti mɛkamfo wo wɔ amanamanmufo mu; \q2 na mato nnwom akamfo wo din.” \m \v 10 Na ɛka bio se, \q1 “Mo amanamanmufo, monkamfo Awurade, \q2 mo ne ne nkurɔfo Yudafo.” \m \v 11 Bio, \q1 “Amanamanmufo nyinaa nyi Awurade ayɛ; \q2 asase so aman nyinaa monkamfo no.” \m \v 12 Na Yesaia ka bio se, \q1 “Yisai aseni bɛsɔre, \q2 nea ɔbɛsɔre abedi amanaman no so; \q2 ɔno na wɔn ani bɛda ne so.” \p \v 13 Anidaso Nyankopɔn no a mugye no di no mfa anigye ne asomdwoe nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidaso mmoroso. \s1 Paulo, Amanamanmufo Sɔfo \p \v 14 Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mubetumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. \v 15 Mede akokoduru akyerɛw abobɔ nneɛma bi so, sɛnea meretwe mo adwene akɔ so bio, esiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no nti. \v 16 Meyɛ Kristo Yesu somfo a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a amanamanmufo bɛyɛ afɔrebɔde a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no atew ho. \p \v 17 Ɛno nti mitumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu. \v 18 Nea mɛka ho asɛm ara ne sɛnea Kristo nam nea maka ne nea mayɛ so ama amanamanmufo ayɛ osetie ama Onyankopɔn no. \v 19 Saa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi yɛ tumi a efi Honhom no mu. Enti efi Yerusalem de kosi Iliriko no, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. \v 20 Na me botae ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ misii dan wɔ obi fapem so. \v 21 Mmom sɛnea wɔakyerɛw no: \q1 “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, \q2 na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.” \m \v 22 Eyi nti na bere biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi siw me kwan. \s1 Paulo Yɛ Nʼadwene Sɛ Ɔbɛkɔ Roma \p \v 23 Nanso mprempren a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfe bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abehu mo no nti, \v 24 mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mehu mo na moaboa me ama makɔ hɔ bere a me ne mo atena anigye so kakraa bi no. \v 25 Mprempren ara, merekɔ Yerusalem akɔsom Onyankopɔn manfo a wɔwɔ hɔ no. \v 26 Efisɛ asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafo a wɔfra Onyankopɔn manfo a wɔwɔ Yerusalem no mu. \v 27 Wɔn ara na wosii wɔn adwene pi saa, nanso nokware ni, ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa saa ahiafo no. Amanamanmufo no nyaa Yudafo honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ amanamanmufo no de wɔn ahode som Yudafo no. \v 28 Sɛ miwie saa dwumadi yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mefi hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a mɛba mo hɔ abɛsra mo. \v 29 Sɛ meba mo nkyɛn a, minim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba. \p \v 30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpae dennen mma me. \v 31 Mommɔ mpae, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpae mma wɔn a wonnye asɛm no nni. Afei nso mommɔ mpae mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛnea ɛbɛyɛ a ahotefo a wɔwɔ hɔ no begye ato mu. \v 32 Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn abɛsra mo. \v 33 Asomdwoe Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen. \b \c 16 \s1 Nkradi \p \v 1 Mede yɛn nuabea Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa. \v 2 Munnye no wɔ Awurade din mu sɛnea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfo yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Efisɛ waboa nnipa bebree ne me nso. \b \p \v 3 Mikyia Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu \v 4 a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree; ɛnyɛ me nko, na mmom amanamanmufo asafo no nyinaa. \p \v 5 Asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso mikyia wɔn. \p Munkyia mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a odii kan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me. \p \v 6 Mikyia Maria a ɔyɛɛ adwuma dennen maa me no nso. \p \v 7 Mikyia Androniko ne Yunia. Mikyia me nuanom Yudafo a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yiye wɔ asomafo no mu, na wodii me kan wɔ Kristo mu no. \p \v 8 Mikyia mʼAwurade mu dɔfo Amplia. \p \v 9 Mikyia Ubano a yɛne no somee wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo pa Staki. \p \v 10 Mikyia Apele a ne Kristosom mu nokware ada adi no. \p Mikyia Aristobulo abusuafo nyinaa. \p \v 11 Mikyia me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Kristofo a wofi Narkiso fi. \p \v 12 Mikyia Trifaina ne Trifosa mmea a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. \p Saa ara nso na mikyia mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbea a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no. \p \v 13 Mikyia Rufo a wadi dwuma kɛse wɔ Awurade som mu no. Mikyia Rufo a ɔfaa me sɛ ne ba no nso. \p \v 14 Mikyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Kristofo a wɔka wɔn ho nyinaa. \p \v 15 Mikyia Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne Onyankopɔn manfo a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa. \p \v 16 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho mo ho. \p Kristo asafo no nyinaa kyia mo. \b \p \v 17 Anuanom, mitu mo fo se monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforo gyidi na wotia nkyerɛkyerɛ a moanya no yiye no; montwe mo ho mfi wɔn ho. \v 18 Efisɛ wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom wɔsom biribiara a wɔpɛ na eye ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wonnim hwee. \v 19 Obiara ate gyidi a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu no. Ɛno nti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani tew wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho. \b \p \v 20 Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan wɔ mo anan ase. \b \p Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo. \b \p \v 21 Me yɔnko Timoteo se okyia mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafo no nso kyia mo. \p \v 22 Me Tertio, a meyɛ ɔkyerɛwfo ma Paulo yi nso, mede Awurade din kyia mo. \p \v 23 Gaio a asafo no hyia wɔ ne fi no nso kyia mo. \p Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne yɛn nua Kwarto se wokyia mo. \v 24 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. \b \p \v 25 Momma yenyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na otumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidi mu sɛnea mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛnea medaa nokware ahintasɛm a efi teteete no adi kyerɛɛ mo no, \v 26 wɔnam adiyifo kyerɛwsɛm a efi Onyankopɔn Teasefo no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahu sɛnea aman nyinaa begye adi na wɔayɛ osetie ama no. \v 27 Ɔno, Onyankopɔn nyansafo no na anuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen.