\id REV - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Adiyisɛm \toc1 Yohane Adiyisɛm \toc2 Adiyisɛm \toc3 Adi \mt1 Yohane Adiyisɛm \c 1 \p \v 1 Saa nhoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfo nea ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne bɔfo kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, \v 2 sɛnea ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ohui. Eyi ne nʼadansedi ne asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn ne nokware a Yesu Kristo daa no adi no. \v 3 Nhyira nka obiara a ɔbɛkenkan saa nhoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wotie adiyisɛm no na wodi so sɛnea wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no. Bere no abɛn. \b \s1 Nkyia \p \v 4 Yohane, \b \p Nkyia a okyia asafo ahorow ason\f + \fr 1.4 \fr*\ft Na atetew ne ho bɛyɛ borɔfokwansin 50 a ayɛ Dantaban Asia atifi fam a etwa kɔ nifa so Efeso atifi fam na abɛyɛ Dantaban mua fi Laodikea (Efeso apuei fam).\ft*\f* a ɛwɔ Asia no ni: \b \p Adom ne asomdwoe a efi nea ɔwɔ hɔ, na ɔtenaa hɔ, na ɔreba no ne ahonhom ason a wɔwɔ nʼahengua anim, \v 5 ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. \b \b \p Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wu no so agye yɛn afi yɛn bɔne mu. \v 6 Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfo sɛ yɛnsom ne Nyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen. \q1 \v 7 Hwɛ, ɔnam omununkum mu reba. \q2 Wɔn a wɔwɔɔ no peaw no \q1 ne obiara behu no. \q2 Asase so nnipa nyinaa besu no; ne nti \qc Ɛbɛba mu saa. Amen. \p \v 8 Awurade Nyankopɔn Tumfo no se, “Mene Alfa ne Omega\f + \fr 1.8 \fr*\ft Hela nkyerɛwde a edi kan ne nea etwa to. Onyankopɔn yɛ mfiase ne awiei (\+xt 21.6\+xt*). Ne tumi di biribiara so wɔ adesa abakɔsɛm nyinaa mu. (\+xt 22.13\+xt*).\ft*\f* a ɔwɔ hɔ mprempren na ɔwɔ hɔ dedaw na ɔyɛ nea ɔrebɛba no.” \b \b \p \v 9 Me Yohane, a me ne mo nyinaa yɛ akyidifo. Yehu amane efisɛ Yesu ne yɛn hene, na ɔma yɛn ahoɔden wɔ ahohia mu. Esiane sɛ mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokware a Yesu daa no adi nti, wotwaa me asu de me kɔɔ Supɔw Patmo so. \v 10 Awurade da no,\f + \fr 1.10 \fr*\ft Da a edi nnaawɔtwe no kan no kasakoa mu ne no. Wɔfrɛɛ da no saa, efisɛ saa da no na Yesu sɔre fii awufo mu. Saa da no ara nso na Kristofo hyiae (Hwɛ \+xt Aso 20.7\+xt*) na wogyigyee tow (Hwɛ \+xt 1 Ko 16.2\+xt*).\ft*\f* Honhom no faa me na metee nne dennen bi a ɛte sɛ torobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. \v 11 Ɛkae se, “Kyerɛw biribiara a wuhu, na fa nhoma no kɔma saa asafo ahorow ason a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no.” \p \v 12 Medan mʼani, pɛɛ sɛ mihu nea ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mihuu sikakɔkɔɔ akaneadua ason. \v 13 Na akaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ batakari yuu a esi nʼanan ase a sika abɔso kyekyere ne koko no gyina. \v 14 Na ne tinwi yɛ fitaa te sɛ asaawamfuturu anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛw sɛ ogya. \v 15 Ne nan ase hyerɛnee sɛ asanka a wɔanan wɔ fononoo mu na afei wɔatwiw ho na ne nne woro so te sɛ asuworoe a ano yɛ den. \v 16 Na okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu na afoa anofanu a ɛyɛ nnam\f + \fr 1.16 \fr*\ft Saa afoa no kyerɛ honhom mu atemmu (Hwɛ \+xt Yes 49.2; Heb 4.12\+xt*).\ft*\f* fi nʼanom bae. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinae wia. \p \v 17 Mihuu no no, mekɔhwee nʼanan ase te sɛ owufo. Ɔde ne nsa nifa too me so kae se, \wj “Nsuro! Mene Ɔkannifo ne Okyikafo.\wj* \v 18 \wj Mene ɔteasefo no! Miwui, nanso mprempren mete ase daa daa. Mikura owu ne asaman safe.\wj* \p \v 19 \wj “Enti afei kyerɛw nneɛma a wuhu; nea wuhu no mprempren ne nea ɛbɛba akyiri no, kyerɛw.\wj* \v 20 \wj Nsoromma ason a wuhu wɔ me nsa nifa mu ne sika akaneadua no nkyerɛase a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason no nso yɛ asafo ason no.”\wj* \c 2 \s1 Efeso Asafo No Nhoma \p \v 1 \wj “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se:\wj* \b \pi1 \wj Eyi ne nsɛm a efi obi a okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no hɔ.\wj* \b \pi1 \v 2 \wj Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔka se wɔyɛ asomafo nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahu sɛ wɔyɛ atorofo.\wj* \v 3 \wj Wowɔ boasetɔ, na me nti woahu amane bebree, nanso wompaa abaw ɛ.\wj* \pi1 \v 4 \wj Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me sɛnea kan no na wodɔ me no.\wj* \v 5 \wj Hu ba a woaba fam no. Sakra wʼadwene na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woansakra wʼadwene a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibea.\wj* \v 6 \wj Nanso nea eye wɔ wo ho ne sɛ, wukyi nea Nikolaifo no yɛ no, na saa ara na me nso mikyi.\wj* \pi1 \v 7 \wj Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.\wj* \s1 Smirna Asafo No Nhoma \p \v 8 \wj “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Smirna\wj*\f + \fr 2.8 \fr*\ft Asia Kuropɔn a na ɛyɛ fɛ na ɛhyehye ne ho a na ɛne Roma gyina mpɔmpɔnso koro no. Na nneɛma a ɛma wotumi som ɔhempɔn no wɔ kurow no mu. Eyi ne Yudafo manfo a na wɔyɛ ahantantraso a wɔahyɛ hɔ ma nti ɛmaa hɔ tena yɛɛ den yiye maa Kristofo no.\ft*\f* \wj asafo no ano se:\wj* \b \pi1 \wj Saa asɛm yi fi Ɔkannifo ne Okyikafo no nkyɛn. Nea owui na ɔte ase bio no.\wj* \b \pi1 \v 9 \wj Minim amane a wuhu maa Awurade na minim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ ɔsoro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam hyiadan.\wj* \v 10 \wj Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi nnafua du. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.\wj* \pi1 \v 11 \wj Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu.\wj* \s1 Pergamo Asafo No Nhoma \p \v 12 \wj “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Pergamo asafo mu se:\wj* \b \pi1 \wj Saa krataa yi fi nea ɔwɔ afoa anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.\wj* \b \pi1 \v 13 \wj Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.\wj* \pi1 \v 14 \wj Nanso nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wodi Bileam nkyerɛkyerɛ\wj*\f + \fr 2.14 \fr*\ft Bileam tuu Midianfo mmea fo kyerɛɛ wɔn ɔkwammɔne a wɔmfa so nni Israelfo no anim mfa wɔn nkɔ bɔne mu (\+xt 4 Mose 25.1-2; 31.16; Yud 11\+xt*). Afide nneɛma na wakwadaw mu yiye a mpo otumi daadaa agyidifo ma wɔde wɔn ho frafra abosonsɛm mu.\ft*\f* \wj akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfo dii abosom so nnuan, kyerɛɛ wɔn aguamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no.\wj* \v 15 \wj Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wodi Nikolaifo nkyerɛkyerɛ akyi.\wj* \v 16 \wj Twe wo ho fi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn, na mede afoa a efi mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.\wj* \pi1 \v 17 \wj Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahintaw no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɔbo fitaa a wɔakyerɛw din foforo wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.\wj* \s1 Tiatira Asafo No Nhoma \p \v 18 \wj “Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se:\wj* \b \pi1 \wj Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛw sɛ ogyatannaa a ne nan ase hyerɛn sɛ asanka no nkyɛn.\wj* \b \pi1 \v 19 \wj Minim nea woyɛ. Minim wo dɔ, wo gyidi, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ woreyɛ adwuma sen kan no.\wj* \pi1 \v 20 \wj Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wugyee ɔbea bi a ne din de Isabel,\wj*\f + \fr 2.20 \fr*\ft (Hwɛ \+xt 1 Ah 6.31; 2 Ah 9.22,30-37\+xt*). Wɔbɔ saa din yi sɛ ɔbea daadaakra a wagye din a na ɔwɔ asafo no mu a na otwintwan Onyankopɔn mu ahotoso anan mu efisɛ akwan nyinaa mu, na ɔboa abosonsom.\ft*\f* \wj a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifo no too mu. Saa ɔbea yi kyerɛkyerɛ, na odi mʼasomafo anim ma wɔbɔ aguaman di abosom aduan.\wj* \v 21 \wj Mama no bere sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi nʼaguamammɔ mu.\wj* \v 22 \wj Ɛno nti, sɛ wɔansakra amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye.\wj* \v 23 \wj Afei, mekunkum nʼakyidifo\wj*\f + \fr 2.23 \fr*\ft Isabel yɛ honhom a na odi “nea mepɛ na meyɛ” nkyerɛkyerɛ anim.\ft*\f* \wj no, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ.\wj* \pi1 \v 24 \wj Nanso mo mu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no, ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka kyerɛ mo se, meremfa adesoa foforo biara nto mo so.\wj* \v 25 \wj Na munso nea mowɔ no mu dennen nkosi sɛ mɛba.\wj* \pi1 \v 26 \wj Wɔn a wodi nkonim na wɔkɔ so yɛ nea mepɛ kosi awiei no, mede tumi koro no ara a minya fii\wj* \v 27 \wj mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dade pema adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkuku.\wj* \v 28 \wj Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn.\wj* \v 29 \wj Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.\wj* \c 3 \s1 Sardi Asafo No Nhoma \p \v 1 \wj “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no se:\wj* \b \pi1 \wj Eyi ne asɛm a efi nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no nkyɛn.\wj* \b \pi1 \wj Minim nea woreyɛ. Minim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu.\wj* \v 2 \wj Enti nyan, na kanyan nea aka wɔ wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ mahu sɛ nea woayɛ no nnya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim ɛ.\wj* \v 3 \wj Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo,\wj*\f + \fr 3.3 \fr*\ft Ɛnyɛ Kristo ba a ɔbɛba mprenu so no mfatoho ni. Ne ba no gyina asafo no sakra a wɔnsakra wɔn adwene no so. Apam Foforo mu baabi no, nea saa ɔkasasin yi gyina hɔ ma ne ne mmae a ɛto so abien no (\+xt 16.15; Mat 24.42-46; 1 Te 5.2; 2 Pe 3.10\+xt*).\ft*\f* \wj na worenhu bere ko a mɛba.\wj* \pi1 \v 4 \wj Nanso mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekae nkekaa wɔn ntade mu ɛ. Wɔbɛhyɛ ntade fitaa na wɔne me anantew, efisɛ ɛsɛ, wɔfata sa.\wj* \v 5 \wj Nea obedi nkonim no bɛhyɛ atade fitaa sɛ wɔn ara, na merentwa ne din mfi ateasefo nhoma no mu da. Na mɛda ne din adi wɔ mʼAgya no ne nʼabɔfo anim sɛ ɔyɛ me dea.\wj* \v 6 \wj Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.\wj* \s1 Filadelfia Asafo No Nhoma \p \v 7 \wj “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Filadelfia no se:\wj* \b \pi1 \wj Eyi ne asɛm a efi nea ɔyɛ kronkron na ɔyɛ nokware na okura Dawid safe no nkyɛn. Nea obue a, obi ntumi nto mu na sɛ ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no.\wj* \b \pi1 \v 8 \wj Minim nea woyɛ. Minim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so, nam so adi me nokware. Mabue ɔpon bi wɔ wʼanim a obi ntumi nto mu.\wj* \v 9 \wj Tie! Kuw a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofo a wɔka se wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba wʼanim abebu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa behu sɛ medɔ wo.\wj* \v 10 \wj Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ nti, sɛ ɔhaw a ɛreba wiase nyinaa de bɛsɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, megye wo afi mu.\wj* \pi1 \v 11 \wj Mereba nnansa yi ara. Kora wʼagyapade, na obi anwia wo nkonim abotiri no.\wj* \v 12 \wj Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum wɔ me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi ɔsoro, me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho.\wj* \v 13 \wj Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.\wj* \s1 Laodikea Asafo No Nhoma \p \v 14 \wj “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se:\wj* \b \pi1 \wj Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no sodifo no nkyɛn.\wj* \b \pi1 \v 15 \wj Minim nea woayɛ. Minim sɛ wonyɛ nwini nso wonyɛ hyew. Me pɛ ne sɛ anka wobɛyɛ mu baako.\wj* \v 16 \wj Nanso esiane sɛ woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hyew na wonyɛ nwini nti, merebɛte wo sɛ ntasu afi mʼanom.\wj* \v 17 \wj Woka se, ‘meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa.’ Nanso, wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na wʼani afura.\wj* \v 18 \wj Enti mitu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ ankasa, fi me nkyɛn, sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei, tɔ ntade fitaa hyɛ na fa kata wʼanimguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu wʼani so, sɛnea wubehu ade.\wj* \pi1 \v 19 \wj Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho fi bɔne ho.\wj* \v 20 \wj Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na obue ɔpon no a, mɛba mu na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.\wj* \pi1 \v 21 \wj Mɛma nkonimdifo no atena mʼahengua no ho, sɛnea madi nkonim nti, mete mʼAgya ahengua ho mprempren no.\wj* \v 22 \wj Sɛ wowɔ aso a, ɛno de tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”\wj* \c 4 \s1 Ɔsoro Pon A Wɔabue \p \v 1 Eyi akyi no, mehwɛ huu ɔpon a abue wɔ ɔsoro. Na nne bi akasa akyerɛ me pɛn na nnyigyei a ɛte sɛ torobɛnto no kae se, \wj “Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi akyi.”\wj* \v 2 Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahengua bi si ɔsoro hɔ a obi te so. \v 3 Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia. \v 4 Na ahengua nketewa aduonu anan atwa ahengua kɛse no ho ahyia a mpanyimfo aduonu anan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw. \v 5 Na anyinam ne aprannaa bobɔ mu fi ahengua no mu. Na akanea ason a wɔasosɔ redɛw wɔ ahengua no anim. Eyinom yɛ Onyankopɔn ahonhom ason. \v 6 Na biribi te sɛ ahwehwɛ po a ɛyɛ kurunnyenn sɛ ahwehwɛ da ahengua no anim. \p Mfimfini hɔ na ateasefo baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi na wɔatwa ahengua no ho ahyia wɔ. \v 7 Na ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata; nea ɔto so abien no te sɛ nantwi ba; nea ɔto so abiɛsa no anim te sɛ onipa; na nea ɔto so anan no te sɛ ɔkɔre a ɔretu. \v 8 Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia a ani tuatua akyi ne anim nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom se, \qc “Kronkron, Kronkron \qc ne Awurade Nyankopɔn Tumfo a \qc ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.” \m \v 9 Saa ateasefo baanan no to nnwom de hyɛ nea ɔte ahengua no so a ɔte hɔ daa daa no anuonyam, de ma no nidi, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, \v 10 mpanyimfo aduonu anan no butubutuw nea ɔte ahengua no so no anim som nea ɔte hɔ daa daa no. Wɔtow wɔn ahenkyɛw gu ahengua no anim ka se: \q1 \v 11 “Yɛn Awurade ne Nyankopɔn, \q2 wofata sɛ wunya anuonyam, nidi ne tumi, \q1 efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, \q2 na wo pɛ mu nti na wɔte hɔ.” \c 5 \s1 Nsɔwano Nhoma No \p \v 1 Mihuu sɛ nea ɔte ahengua so no kura nhoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔakyerɛw akyi ne anim nyinaa a wɔde nsɔwano ason asosɔw ano. \v 2 Mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse kae se, “Hena na ɔfata sɛ ɔtew nsɔwano no na obue nhoma no mu?” \v 3 Nanso wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a otumi buee nhoma no mu hwɛɛ mu. \v 4 Misui yiye, efisɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔhwɛ mu. \v 5 Afei ɔpanyin baako ka kyerɛɛ me se, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ofi Yuda abusuakuw mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na obetumi atetew nsɔwano ason no na wabue nhoma no mu.” \p \v 6 Afei mihuu Oguamma bi sɛ ogyina ahengua no mfimfini a ateasefo baanan no ne mpanyimfo no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na Oguamma no sɛ nea wɔakum no. Na ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason no a wɔasoma wɔn aba wiase no. \v 7 Oguamma no kogyee nhoma no fii nea ɔte ahengua so no nsa nifa mu. \v 8 Ɔyɛɛ saa no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no butubutuw Oguamma no anim. Na wɔn mu biara kura sanku ne sika ayowa a aduhuam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefo mpae. \v 9 Wɔtoo dwom foforo se, \q1 “Wofata sɛ wofa nhoma no \q2 na wotew ne nsɔwano no. \q1 Efisɛ wokum wo, \q2 na ɛnam wo wu so ma wɔtɔɔ nnipa fii aman ne \q2 mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn. \q1 \v 10 Wɔayɛ wɔn asɔfo ahemman sɛ wɔnsom yɛn Nyankopɔn \q2 na wobedi asase so hene.” \p \v 11 Bio mehwɛe, na metee abɔfo mpempem nka. Na wɔatwa ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no ho ahyia \v 12 reto dwom dennen se, \q1 “Oguamma a wokum no no fata sɛ \q2 ogye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden \q2 ne nidi ne anuonyam ne nkamfo!” \p \v 13 Na metee sɛ abɔde a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔde biara a ɛwɔ po mu ne abɔde biara a ɛwɔ wiase nyinaa reto dwom se, \q1 “Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi, \q2 nka nea ɔte ahengua no so ne Oguamma no, \qc daa daa!” \m \v 14 Abɔde anan no gyee so se, “Amen!” Na mpanyimfo no butubutuw hɔ somee. \c 6 \s1 Nsɔwano No \p \v 1 Afei mihuu sɛ Oguamma no atew nsɔwano ason no mu nea edi kan no ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka se, “Bra!” \v 2 Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛw. Ɔkɔɔ sɛ nkonimdifo kodii nkonim. \p \v 3 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, “Bra!” \v 4 Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Ɔmaa nea ɔte ne so no tumi se ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no afoa kɛse bi. \p \v 5 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kura nsania abien. \v 6 Metee biribi te sɛ nne bi fii ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Awi susukoraa yɛ da koro akatua, na aburow susukoraa abiɛsa nso yɛ da koro akatua. Nanso nsɛe ngo ne bobesa no!” \p \v 7 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anan no ano na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, “Bra!” \v 8 Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din “Owu,” na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu anan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn. \p \v 9 Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anum no ano. Mihuu afɔremuka bi, na ase na wɔn a wokum wɔn wɔ asɛmpa no ne gyidi no ho adansedi akra wɔ. \v 10 Wɔde nne a ano yɛ den kae se, “Otumfo Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafo! Woretwɛn akosi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wokunkum yɛn?” \v 11 Wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntwɛn kakra nkosi sɛ wobekum wɔn nuanom asomfo abɛka wɔn ho. \p \v 12 Na mihuu sɛ Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so asia no ano. Na asasewosow a ano yɛ den ba maa owia yɛɛ tumm sɛ birisii, na ɔsram yɛɛ kɔɔ sɛ mogya. \v 13 Na nsoromma tetew fii soro bɛhwee asase so te sɛnea mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bun ma ɛtetew gu fam pɛ. \v 14 Ɔsoro yeraa te sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne asupɔw fii wɔn atenae. \p \v 15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. \v 16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani renhu yɛn, na yemfi Oguamma no abufuw ano. \v 17 Wɔn abufuw no da kɛse adu, na hena na obetumi agyina ano?” \c 7 \s1 Onyankopɔn Asomfo Kann \p \v 1 Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase ntwea anan no so a wɔretwe mframanan a ɛwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara. \v 2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛ mu frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne po no. \v 3 Ɔbɔfo no kae se, “Monnsɛe asase ne po anaa nnua kosi sɛ yɛde nsɔwano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfo no agyirae.” \v 4 Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔwano hyɛɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no dodow. Wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ɔha aduanan anan a, wɔn nyinaa fi Israel mmusuakuw no mu. \b \li1 \v 5 Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 Ruben abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 Gad abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 \v 6 Aser abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 Naftali abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 Manase abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 \v 7 Simeon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 Lewi abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 Isakar abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 \v 8 Sebulon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 Yosef abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \li1 Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien \add (12,000)\add*. \s1 Nnipakuw \p \v 9 Eyi akyi no, mihuu nnipakuw a obiara ntumi nkan wɔn dodow. Wofifi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu a wogyinagyina ahengua no ne Oguamma no anim a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa, kurakura berɛw. \v 10 Wɔteɛɛ mu se, \q1 “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn \q1 a ɔte ahengua no so \q1 ne Oguamma no.” \m \v 11 Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn \v 12 kae se, \q1 “Amen! \q1 Nhyira ne anuonyam \q1 ne nyansa ne aseda ne nidi \q1 ne tumi ne ahoɔden \q1 yɛ Onyankopɔn de daa daa! \q1 Amen!” \p \v 13 Mpanyimfo no mu baako bisaa me se, “Ɛhefo na wɔhyehyɛ ntade fitafitaa yi, na wofi he?” \p \v 14 Mibuae se, “Minnim, owura. Na wo na wunim.” \p Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne wɔn a wɔafi ɔtaa mu. Wɔde Oguamma no mogya ahoro wɔn ntade ama ayɛ fitaa. \v 15 Na ɛno nti na, \q1 “wogyinagyina Onyankopɔn ahengua anim \q2 a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. \q1 Nea ɔbɛtena ahengua no so no \q2 bɛbɔ wɔn ho ban. \q1 \v 16 Osukɔm renne wɔn bio; \q2 ɔkɔm renne wɔn bio. \q2 Owia anaa ɔhyew biara renka wɔn bio. \q1 \v 17 Efisɛ Oguamma no a ɔwɔ ahengua no mfimfini no \q2 bɛyɛ wɔn guanhwɛfo \q1 de wɔn akɔ nkwa asuti ho. \q2 Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisu nyinaa.” \c 8 \s1 Nsɔwano A Ɛto So Ason \p \v 1 Bere a Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so ason no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwerew fa. \p \v 2 Afei mihuu abɔfo baason a wogyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntorobɛnto ason. \p \v 3 Ɔbɔfo foforo a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhuam adaka begyinaa afɔremuka no ho. Wɔmaa no aduhuam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpae nka Onyankopɔn nkurɔfo no de ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a esi ahengua no anim no so afɔre. \v 4 Aduhuam no hua ne Onyankopɔn nkurɔfo mpae fi abɔfo no nsam kɔɔ ɔsoro. \v 5 Afei ɔbɔfo no faa aduhuam adaka no de ogya a efi afɔremuka no so hyɛɛ no ma, tow kyenee asase so. Na aprannaa ne nne ahorow ne anyinam ne asasewosow bae. \p \v 6 Na abɔfo baason a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn. \p \v 7 Ɔbɔfo a odi kan no hyɛn ne torobɛnto. Na mparuwbo ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee. Nnua nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee, na wura amono nyinaa nso hyewee. \p \v 8 Afei ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto. Wɔtow biribi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ɛredɛw kyenee po mu. Po no nkyɛmu abiɛsa mu baako dan mogya. \v 9 Na abɔde a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako wuwui, na ahyɛn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bobɔe. \p \v 10 Afei ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa hyɛn ne torobɛnto. Nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn tew fii ɔsoro bɛhwee nsu nkyɛmu abiɛsa mu baako mu. \v 11 Nsoromma no din de “Anwɔnwen.” Nsu no nkyɛmu abiɛsa mu baako yɛɛ nwen, na nnipa a wɔnomee no mu bebree wuwui, efisɛ na ayɛ nwen. \p \v 12 Afei ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyɛmu abiɛsa mu baako, ne ɔsram nkyɛmu abiɛsa mu baako ne nsoromma nkyɛmu abiɛsa mu baako sen ma no duruu sum, enti adekyee mu nkyɛmu abiɛsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara. \p \v 13 Na merehwɛ no, metee sɛ ɔkɔre bi a watu nam wim teɛ mu se, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wonnue, wonnue esiane torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nti.” \c 9 \s1 Torobɛnto A Ɛto So Anum \p \v 1 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto. Mihuu nsoromma a atew fi ɔsoro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebun a ase nni awiei safe. \v 2 Nsoromma no buee bun no, na wusiw kumɔnn fii mu sɛ fononoo kɛse bi, na wusiw no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. \v 3 Mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ nkekantwɛre. \v 4 Wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnnsɛe sare anaa nnua anaa afifide biara. Na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔwano no bi nni wɔn moma so no de, wotumi haw wɔn. \v 5 Wɔamma saa mmoadabi no kwan se wonkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn kwan se wɔnhaw wɔn asram anum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yaw no te sɛ akekantwɛre de. \v 6 Saa asram anum no mu no, saa nnipa no bɛhwehwɛ owu, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan afi wɔn nkyɛn. \p \v 7 Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. \v 8 Wɔn ti nwi te sɛ mmea ti nwi, na wɔn se nso te sɛ gyata se. \v 9 Wɔde biribi te sɛ dade nkatabo akatakata wɔn bo. Na nnyigyei a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. \v 10 Bɔre wɔwɔ wɔn dua ano te sɛ akekantwɛre de. Na wɔn dua no nti na na wɔwɔ tumi a wɔde haw nnipa asram anum no. \v 11 Wɔwɔ ɔhene a odi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfo a ɔhwɛ bun no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” na Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion” (a ɛkyerɛ Ɔsɛefo). \p \v 12 Ɔhaw baako atwa mu. Eyi akyi, ɔhaw abien bi bɛba. \s1 Ahohommɔne Anan No \p \v 13 Afei ɔbɔfo a ɔto so asia no hyɛn ne torobɛnto. Metee nne bi fii sikakɔkɔɔ afɔremuka a esi Onyankopɔn anim no ntwea so nyinaa. \v 14 Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a okura torobɛnto no se, “Sansan abɔfo baanan a wɔasesa wɔn wɔ, Asubɔnten Eufrate ho no.” \v 15 Wɔsansan abɔfo baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwerew yi, saa da yi, saa ɔsram yi ne saa afe yi sɛ wonkunkum adesamma mu nkyɛmu abiɛsa mu baako. \v 16 Wodii asraafo ɔpepem ahannu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodow no ho amanneɛ ma metee. \p \v 17 Na mʼanisoadehu no mu no, mihuu apɔnkɔ no ne wɔn akafo. Na wɔn nkatabo no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm, ne akokɔsrade sɛ sufre. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti na na ogya wusiw ne sufre fi wɔn anom. \v 18 Saa ɔhaw ahorow abiɛsa no a ɛyɛ ogya, wusiw ne sufre no a efi apɔnkɔ no anom bae no kum adesamma nkyɛmu abiɛsa mu baako. \v 19 Efisɛ na apɔnkɔ no tumi nyinaa fi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa. \p \v 20 Adesamma a wɔkae no a ɔhaw no ankum wɔn no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne asanka ne abo ne nnua a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnantew no som. \v 21 Saa ara nso na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn akorɔmmɔ ho. \c 10 \s1 Onyankopɔn Nhyehyɛe Aba Mu \p \v 1 Afei mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo foforo bi a ofi ɔsoro resian aba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. \v 2 Na nhoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii po so na benkum no si asase so. \v 3 Ɔde nne kɛse teɛɛ mu sɛnea gyata bobɔ mu. Ɔteɛɛ mu no, aprannaa ason kasae. \v 4 Wɔkasae no, na mepɛ sɛ mekyerɛw. Nanso metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Ma nsɛm a aprannaa ason no kaa no nka wo tirim. Nkyerɛw!” \p \v 5 Ɛhɔ ara ɔbɔfo a mihuu sɛ ogyina hɔ a ne nan baako si po so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, \v 6 na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne po ne nea ɛwɔ mu nyinaa no din kaa ntam. Ɔbɔfo no kae se, “Beresɛe biara nni hɔ. \v 7 Na sɛ ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no a, ansa na Onyankopɔn bewie nʼahintasɛm mu nhyehyɛe no, sɛnea ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔyɛ adiyifo no.” \p \v 8 Afei nne a metee sɛ efi ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio se. “Kɔ na kogye nhoma a wɔabue mu a ɔbɔfo a ogyina po ne asase so no kitae no.” \p \v 9 Mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanom de, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo.” \v 10 Migyee nhoma ketewa no fii ne nsam wee, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom. Nanso, memenee akyi no, ɛmaa me yam kaw me. \v 11 Afei wɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ so ka nea ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofo, ɔkasahorow ne ahemfo nso.” \c 11 \s1 Nnansefo Baanu No \p \v 1 Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ pema, na wɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔredan no ne afɔremuka no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no. \v 2 Nanso mfa asɔredan no adiwo nka ho, efisɛ wɔde hɔ ama amanamanmufo, na wobetiatia kurow kronkron no so asram aduanan abien. \v 3 Mɛsoma me nnansefo baanu a wofurafura atweaatam, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahannu ne aduosia no mu.” \v 4 Saa nnansefo baanu no ne ngodua abien no ne akaneadua abien a esisi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no. \v 5 Ogya a efi wɔn anom bekunkum atamfo biara a wɔpɛ sɛ wɔhaw wɔn no. Ɛno nti wobekum obiara a ɔpɛ sɛ ɔhaw wɔn no. \v 6 Wɔwɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu a osu rentɔ wɔ bere a wɔrehyɛ nkɔm no. Wɔwɔ tumi sɛ wɔdan nsu ma ɛyɛ mogya na wɔde ɔhaw to asase so mpɛn dodow biara a wɔpɛ. \p \v 7 Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a obefi bun no mu apue no ne wɔn bɛko. Obedi wɔn so akunkum wɔn \v 8 na wɔn amu no agu kurow kɛse no abɔnten so, wɔ faako a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asennua no so a ɛhɔ din pa ne Sodom ne Misraim no. \v 9 Na nnipa a wofi aman so ne mmusuakuw ne ɔkasa ahorow ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma kwan mma wonsie wɔn. \v 10 Asase so nnipa ani begye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wobegye wɔn ani na wɔamema wɔn ho wɔn ho akyɛde, efisɛ saa adiyifo baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofo so. \p \v 11 Nnansa akyi no, honhom a efi Onyankopɔn bewura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛse bɛka obiara a obehu. \v 12 Afei nne a ano yɛ den fi ɔsoro bɛka se, “Mommra ɔsoro ha.” Na bere a wɔn atamfo rehwɛ wɔn no, wɔfaa omununkum mu kɔɔ ɔsoro. \p \v 13 Saa bere koro no ara mu na asase wosow denneennen, kurow no nkyɛmu du mu baako sɛee, na nnipa mpem ason wuwuu wɔ asasewosow no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ. \p \v 14 Ɔhaw a ɛto so abien no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛ na ɔhaw a ɛto so abiɛsa aba. \s1 Torobɛnto A Ɛto So Ason \p \v 15 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto, na nne dennen fi ɔsoro kae se, \q1 “Tumi a wɔde di wiase so mprempren no \q2 yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no de, \q2 na obedi hene daa daa.” \m \v 16 Afei mpanyimfo aduonu anan a wɔtete wɔn ahengua so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, som Onyankopɔn, \v 17 kae se, \q1 “Yɛda wo ase, Otumfo Onyankopɔn, \q2 wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dedaw, \q1 wonam wo tumi kɛse so \q2 afi ase redi hene! \q1 \v 18 Aman bo fuwii, \q2 na wʼabufuwhyew no aba. \q1 Bere aso sɛ wobu awufo atɛn. \q2 Bere a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa, adiyifo \q1 ne wo nkurɔfo nyinaa a wosuro wo, \q2 akɛse ne nketewa no aba so no adu. \q1 Bere adu sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!” \p \v 19 Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bue ma wohuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei anyinam ne aprannaa paapaee, na asase wosowee na mparuwbo bebree nso tɔe. \c 12 \s1 Ɔbea No Ne Ɔwɔ No \p \v 1 Afei nsɛnkyerɛnne kɛse bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro. Ɔbea bi, na nʼatade yɛ owia a ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien ahenkyɛw hyɛ no. \v 2 Na ɔyem a ɔrebɛwo, na awoyaw nti na ɔresu. \v 3 Nsɛnkyerɛnne kɛse foforo bi daa ne ho adi wɔ ɔsoro: Ɔwɔ kɔkɔɔ kakraka bi a ne ti yɛ ason na ɔwɔ mmɛn du a ahenkyɛw hyehyɛ biara so. \v 4 Ɔde ne dua twee nsoromma a ɛwɔ ɔsoro no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako tow wɔn guu fam. Ogyinaa ɔbea a ɔrewo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔwo ɔba no to hɔ ara pɛ, ɔbɛfa abofra no awe. \v 5 Afei ɔbea no woo abarimaa a ɔde nsa a ɛyɛ den bedi aman nyinaa so. Nanso wohwim abofra no kɔɔ Onyankopɔn ne nʼahengua ho. \v 6 Ɔbea no guan kɔɔ sare so baabi a Onyankopɔn asiesie ama no a wɔbɛhwɛ no yiye wɔ nnafua mpem ahannu aduosia mu. \p \v 7 Afei ɔko sii ɔsoro hɔ. Mikael ne nʼabɔfo ko tiaa ɔwɔ no, na ɔno nso ne nʼabɔfo ko tiae. \v 8 Nanso wodii ɔwɔ no so nkonim na wɔamma ɔne nʼabɔfo antena ɔsoro bio. \v 9 Wɔtow ɔwɔ kakraka no kyenee. Ɔno ne ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtow ɔno ne nʼabɔfo nyinaa guu asase so. \p \v 10 Afei metee nne dennen bi wɔ ɔsoro a ɛka se, \q1 “Afei na Onyankopɔn nkwagye aba! \q2 Afei na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene! \q2 Afei na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi, \q1 efisɛ yɛn nuanom no ahohorabɔni a \q2 ogyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no, \q2 wɔapam no afi ɔsoro. \q1 \v 11 Yɛn nuanom no nam Oguamma no mogya so \q2 ne nokware a ɔdaa no adi no so \q2 dii ne so nkonim. \q1 Na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ \q2 na wɔawuwu. \q1 \v 12 Enti mo ɔsoro ne mo a motete hɔ no, \q2 momma mo ani nnye. \q1 Afei asase ne po nnue! \q2 Efisɛ ɔbonsam no atoa mo \q1 na ne bo afuw \q2 efisɛ onim sɛ, ne bere a aka sua.” \p \v 13 Bere a ɔwɔ no huu sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a wawo abarimaa no. \v 14 Wɔmaa ɔbea no ɔkɔre ntaban akɛse abien, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu akɔ faako a wɔasiesie ama no wɔ sare so hɔ a wɔbɛhwɛ no mfe abiɛsa ne fa sɛnea ɔwɔ no renni nʼakyi bio. \v 15 Afei ɔwɔ no puw nsu te sɛ asubɔnten dii ɔbea no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛfa no. \v 16 Nanso asase boaa ɔbea no. Ebuee nʼanom nom nsu a ɔwɔ no puw guu hɔ no nyinaa. \v 17 Ɔwɔ no bo fuw ɔbea no, enti ɔkɔ de ntɔkwaw kɔkaa ɔbea no asefo a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye nokware a Yesu ada no adi no di no. \v 18 Na ɔwɔ no kogyinaa mpoano hɔ. \c 13 \s1 Mmoa Abien Bi \p \v 1 Afei mihuu sɛ aboa bi apue fi po no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn du ne ti ason a na ahenkyɛw hyehyɛ mmɛn no biara so na din a egu Onyankopɔn ho fi bobɔ ti no ho. \v 2 Aboa a mihuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔwɔ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahengua ne ne tumi nyinaa maa aboa no. \v 3 Mihuu sɛ na opirakuru kɛse bi aba ne ti baako ho a kuru no ayɛ sɛ nea awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa, enti wotu dii nʼakyi. \v 4 Nnipa nyinaa som ɔwɔ no efisɛ ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsom aboa no nso kae se, “Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako?” \p \v 5 Wɔmaa aboa no kwan ma ɔkaa abususɛm akɛseakɛse tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ nea ɔpɛ biara asram aduanan abien. \v 6 Ofii ase domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa. \v 7 Wɔmaa no kwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfo koe sɛ obedi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa so tumi. \v 8 Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wɔankyerɛw ne din anhyɛ ateasefo nhoma a ɛwɔ Oguamma a wokum no ansa na wɔrebɔ wiase no mu. \p \v 9 “Tie, wo a wowɔ aso, betie no. \q1 \v 10 “Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no, \q2 wɔbɛkyere no. \q1 Obiara a ɛsɛ sɛ wokum no afoa ano no, \q2 wobekum no.” \m Eyi mu boasetɔ ne gyidi ho hia Onyankopɔn nkurɔfo. \p \v 11 Afei mihuu aboa foforo a ɔrepue afi asase mu. Na ɔwɔ mmɛn abien te sɛ nguantenmma, nanso na ɔkasa te sɛ ɔwɔ no. \v 12 Osii aboa a odi kan no anan mu de ne tumi kɛse no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne so nnipa sɛ wɔnsom nea nʼapirakuru no awu no. \v 13 Aboa a ɔto so abien yi yɛɛ anwonwade akɛse bebree. Ɔmaa ogya fii soro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim. \v 14 Na ɔnam anwonwade a wɔmaa no ho kwan yɛe wɔ aboa a odi kan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa se, wonsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde afoa piraa no nanso nʼapirakuru no awu na ɔte ase no anuonyam. \v 15 Wɔmaa aboa a ɔto so abien no kwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kan honi no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ohoni no betumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no. \v 16 Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse; adefo ne ahiafo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyirae. \v 17 Obiara nni ho kwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma din no hyɛ ne ho agyirae. \p \v 18 Eyi hia ma nyansa. Obiara a onim nyansa no betumi ahu nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma aboa no ase, efisɛ nsɛnkyerɛnne no gyina hɔ ma onipa din. Ne nsɛnkyerɛnne yɛ ahansia aduosia asia. \c 14 \s1 Dwom Foforo \p \v 1 Afei mehwɛe, na mihuu sɛ Oguamma no gyina Sion bepɔw so. Na nnipa mpem ɔha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so. \v 2 Na metee nne bi fii ɔsoro a na ɛworo so te sɛ asuworoe a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Nne a metee no te sɛ dwom a sankubɔfo bi rebɔ wɔ ne sanku so. \v 3 Wɔtoo dwom foforo bi wɔ ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no anim. Nnipa mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko ara na wotumi suae. \v 4 Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun. Baabiara a Oguamma no bɛkɔ no na wodi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu na wɔne nnipa a wodi kan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Oguamma no. \v 5 Wɔnka atosɛm, na mfomso nni wɔn ho. \s1 Abɔfo Baasa No \p \v 6 Afei mihuu ɔbɔfo foforo sɛ watu nam sorosoro a ɔrekɔka asɛmpa a entwa mu da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuw ne ɔkasa ne nkurɔfo nyinaa ka ho. \v 7 Ɔteɛɛ mu se, “Munsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Efisɛ bere no adu sɛ obu adesamma atɛn. Monsom nea ɔbɔɔ ɔsoro, asase, po ne asuti no!” \p \v 8 Ɔbɔfo a ɔto so abien dii nea odi kan no akyi kae se. “Wahwe ase! Babilonia kɛse ahwe ase! Efisɛ wama amanaman nyinaa anom nʼaguamammɔ nsa no bi.” \p \v 9 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa a odi baanu a wodi kan no akyi no teɛɛ mu kae se, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso honi a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyirae \v 10 no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsa, nʼabufuw nsa a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuw kuruwa mu no. Wɔbɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa ahoyeraw wɔ ogya ne sufre mu wɔ abɔfo ne Oguamma no anim. \v 11 Na ogya no wusiw a ɛhyɛ wɔn ahoyeraw no kɔ soro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegye nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso honi ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyirae no.” \v 12 Eyi nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so, na wogye Yesu di no nya boasetɔ no. \p \v 13 Afei metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, “Kyerɛw eyi. Nhyira ne awufo a wowu wɔ Awurade mu fi mprempren rekɔ yi.” \p Honhom no se, “Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.” \p \v 14 Mihuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyɛ no na okura kantankrankyi nnamnam bi wɔ ne nsam. \v 15 Afei ɔbɔfo foforo bi a ofii asɔredan no mu puei, na ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no se, “Fa wo kantankrankyi no twa, efisɛ otwabere no adu, asase no asow aba a ɛsɛ sɛ wotwa!” \v 16 Enti nea ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi wɔ asase so ma etwaa asase so nnɔbae. \p \v 17 Afei mihuu sɛ ɔbɔfo foforo bi a ofi ɔsoro asɔredan no mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam bi. \v 18 Ɔbɔfo foforo bi a ɔno nso hwɛ ogya no so no fi afɔremuka no mu puei. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ ɔbɔfo a okura kantankrankyi nnamnam no se, “Fa wo kantankrankyi nnamnam no na boaboa asase so bobe akuwakuw no ano, efisɛ nʼaba no abere.” \v 19 Enti ɔbɔfo no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsakyiamoa kɛse no mu. \v 20 Wotiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamoa a ɛwɔ kuropɔn no mfikyiri, na mogya fii bobe no mu sen sɛ asubɔnten, akwansin ahannu na mu dɔ nso bɛyɛ anammɔn anum. \c 15 \s1 Ɔyaredɔm \p \v 1 Mihuu ade foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfo baason a wokura ɔhaw ason a ɛno ne ɔhaw a etwa to, efisɛ ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuw a etwa to no. \v 2 Afei mihuu biribi te sɛ ahwehwɛ po a wɔde ogya afra redɛw. Afei mihuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso honi ne nea wɔde agyirae asi ne din anan mu no so nkonim. Na wogyinagyina ahwehwɛ po no ho a wokurakura asanku a Onyankopɔn de ama wɔn no. \v 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose ne Oguamma no dwom se, \q1 “Awurade, Otumfo Nyankopɔn, \q2 wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa \q1 Amansan hene, \q2 wʼakwan teɛ na ɛyɛ nokware. \q1 \v 4 Hena na ɔrensuro wo, Awurade? \q2 Hena na ɔrenka wo kɛseyɛ? \q1 Wo nko na woyɛ kronkron. \q1 Aman nyinaa bɛba \q2 abɛsom wɔ wʼanim, \q1 efisɛ obiara ahu wo nnwuma trenee no.” \p \v 5 Eyi akyi no, mihuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ Kronkron mu Kronkron no abue a adanse ntamadan si mu. \v 6 Abɔfo baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw ason mmra no pue fii asɔredan no mu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔso wɔ wɔn koko so. \v 7 Afei ateasefo baanan no mu baako maa abɔfo baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa ason a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no ma. \v 8 Wusiw a efi Onyankopɔn anuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ ɔhaw ason a abɔfo baason no de bae no to twae. \c 16 \s1 Onyankopɔn Abufuw Ason No \p \v 1 Afei metee nne bi sɛ ɛrekasa fi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfo no se, “Monkohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason no mu no ngu asase so.” \p \v 2 Ɔbɔfo a odi kan no kohwiee ne kuruwa mu abufuw no guu asase so. Akuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyirae no ne wɔn a wɔsom ne sɛso honi no nso. \p \v 3 Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa mu abufuw guu po mu. Nsu no dan sɛ owufo mogya, na abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wui. \p \v 4 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu nsubɔnten ne nsuwa mu maa ne nyinaa dan mogya. \v 5 Metee sɛ ɔbɔfo a ɔhwɛ nsu so no reka se, \q1 “Wʼatɛn a wubu no yɛ atɛntrenee. \q2 Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dedaw, \q1 \v 6 efisɛ wɔahwie mo ahotefo ne adiyifo mogya agu, \q2 woama wɔn mogya sɛ wɔnnom, sɛnea ɛfata wɔn.” \m \v 7 Afei metee nne bi wɔ afɔremuka no so se, \q1 “Yiw, Awurade, Otumfo Nyankopɔn, \q2 atɛn a wubu nyinaa yɛ atɛntrenee!” \p \v 8 Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔnhye nnipa. \v 9 Owia hyew no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso wɔansakra wɔn adwene anhyɛ Onyankopɔn anuonyam. \p \v 10 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu aboa no ahengua no so. Sum duruu wɔ aboa no ahemman mu, na esiane ɔyaw nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma; \v 11 na esiane saa ɔyaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho. \p \v 12 Ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu Asubɔnten Eufrate mu. Asu no yow dan ɔkwan maa ahemfo a wofi apuei no. \v 13 Afei mihuu ahonhommɔne abiɛsa bi a na wɔte sɛ mpɔtorɔ a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro diyifo no anom. \v 14 Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwonwade. Saa ahonhom abiɛsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfo Nyankopɔn ɔko da kɛse no. \b \mi \v 15 \wj “Muntie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, sɛnea ɔrennantew adagyaw ngu ne ho anim ase wɔ bagua mu!”\wj* \b \m \v 16 Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu no wɔfrɛ hɔ Armagedon. \p \v 17 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu abufuw guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no so kae se, “Wɔawie.” \v 18 Na anyinam twitwa maa aprannaa paapaee, na asasewosow dennen bi bae. Efii sɛ wɔbɔɔ onipa no, asasewosow biara mmaa saa da. Eyi ne asasewosow nyinaa mu nea ano yɛ den pa ara. \v 19 Kurow kɛse no mu paee abiɛsa, na aman nyinaa nkurow akɛse sɛesɛee. Onyankopɔn kaee Babilonia Kokuroko no, na ɔmaa no nsa nomee; nsa a ɛyɛ nʼabufuw a ano yɛ den no fi ne kuruwa ano. \v 20 Asupɔw ne mmepɔw nyinaa yerae. \v 21 Mparuwbo akɛse a biara mu duru yɛ kilogram aduonum tɔ fii ɔsoro guu nnipa so. Na esiane mparuwbo no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn. \c 17 \s1 Oguamanfo Bi \p \v 1 Abɔfo baason no mu ɔbaako a okura nkuruwa ason no baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra na menkyerɛ wo ɔkwan a wɔbɛfa so atwe oguamanfo kɛse a ɔte nsu pii so no aso. \v 2 Wiase ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so nnipa bobow wɔ nʼaguaman nsa no mu.” \p \v 3 Honhom no faa me ma ɔbɔfo no de me kɔɔ sare so. Ɛhɔ na mihuu sɛ ɔbea bi te aboa kɔkɔɔ bi a wɔakyerɛw din a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ ti ason, ne mmɛn du. \v 4 Na ɔbea no hyɛ atadetam kɔkɔɔ a ɔde sika mpɔw a ɛhyerɛn ne nhene a ne bo yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na okura sika kuruwa a afide ne aguamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ. \v 5 Na wɔakyerɛw din bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛase no wɔ ahintasɛm mu se, \pc “Babilonia Kokuroko, \pc Asase So Nguamanfo \pc Ne Akyiwade Na.” \m \v 6 Na mihuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne Yesu akyidifo a wokum wɔn no mogya abow no. \p Mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa. \v 7 Ɔbɔfo no bisaa me se, “Adɛn nti na ɛyɛ wo nwonwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛase a ɛwɔ ɔbea no ne aboa no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du a ɔte ne so no. \v 8 Aboa a wuhuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebefi bun no mu aba ama wɔasɛe no. Sɛ nnipa a wɔte asase so a wɔankyerɛw wɔn din angu ateasefo nhoma no mu ansa na wɔrebɔ wiase no hu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa. Na ɔte ase bere bi, nanso mprempren de, ɔnte ase na ɔbɛsan aba. \p \v 9 “Nyansa ne ntease ho hia wɔ ha. Eti ason no gyina hɔ ma mmepɔw ason, mmepɔw a ɔbea no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso \v 10 a wɔn mu baanum awuwu, na ɔbaako da so di hene na ɔbaako a ɔka ho no mmae. Na sɛ ɔba a obedi hene kakra. \v 11 Aboa no a anka na ɔte ase na afei de, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔto so awotwe a ɔka baason a wodi kan no ho a ɔrekɔ ne sɛe mu. \p \v 12 “Mmɛn du a wuhui no yɛ ahene du a womfii wɔn ahenni ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi hene dɔnhwerew no. \v 13 Wɔn nyinaa wɔ botae baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no. \v 14 Wɔbɛko atia Oguamma no, na ɔno ne nʼakyidifo, agyidifo ne nokwafo a wɔafrɛ wɔn no bedi wɔn so, efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene.” \p \v 15 Ɔbɔfo no nso ka kyerɛɛ me se, “Nsu a wuhuu sɛ oguamanfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa ahorow. \v 16 Mmɛn du ne aboa a wuhuu no no bekyi oguamanfo no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagyaw. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahyew no. \v 17 Efisɛ Onyankopɔn de ahyɛ wɔn koma mu se wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi hene kosi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botae no ma. \v 18 Ɔbea a wuhuu no no yɛ kurow kɛse a edi asase so ahene no so.” \c 18 \s1 Babilonia Asehwe \p \v 1 Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn wɔ asase so nyinaa. \v 2 Ɔteɛɛ mu denneennen se, \q1 “ ‘Wahwe ase! Babilonia Kokuroko ahwe ase!’ \q2 Adan ahonhommɔne tenabea \q1 ne ahonhom fi nyinaa ahintawee. \q2 Nnomaafi a wokyi wɔn nyinaa te ne mu. \q1 \v 3 Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ a \q2 ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee. \q1 Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman, \q2 na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.” \p \v 4 Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se, \q1 “Mumfi, me nkurɔfo, \q2 na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu, \q2 na mo ne no ankyɛ nʼasotwe! \q1 \v 5 Efisɛ wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten, \q2 na Onyankopɔn akae nʼawudi no. \q1 \v 6 Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; \q2 nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua ne so ka mprenu. \q2 Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no nea ano yɛ den mmɔho abien. \q1 \v 7 Momma nʼayayade ne nʼawerɛhow nnɔɔso \q2 sɛ anuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. \q1 Efisɛ daa ɔka se, \q2 ‘Mete ha sɛ ɔhemmea; \q1 menyɛ okunafo, \q2 na me werɛ renhow da!’ \q1 \v 8 Eyi nti, nʼamanehunu a ɛyɛ ɔyare, \q2 awerɛhow ne ɔkɔm bɛba ne so da bi. \q1 Na wɔde ogya ahyew no, \q2 efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔkɛse. \p \v 9 “Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo. \v 10 Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se, \q1 “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn, \q2 Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi! \q1 Wʼatemmu aba dɔnhwerew baako pɛ mu.’ \p \v 11 “Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. \v 12 Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa, \v 13 ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra. \p \v 14 “Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’ \v 15 Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo, \v 16 na wɔaka se: \q1 “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn a \q2 ofura nwera pa ne tamkɔkɔɔ \q2 na sika ne aboɔdenmmo a nhene pa bobɔ mu. \q1 \v 17 Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’ \p “Hyɛn mu sahene ne hyɛn no mu nnipa, mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. \v 18 Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’ ” \v 19 Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se, \q1 “ ‘Due! Due, wo kuropɔn, \q2 wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no \q2 nam wʼahonya so yɛɛ adefo. \q1 Na dɔnhwerew baako pɛ mu, woahwere biribiara!’ \b \q1 \v 20 “Momma mo ani nnye wɔ ne ho, mo ɔsorofo! \q2 Momma mo ani nnye, \q2 Onyankopɔn nnipa! \q1 Momma mo ani nnye, asomafo ne adiyifo! \q2 Efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn.” \p \v 21 Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se, \q1 “Saa ahoɔden yi ara \q2 na wɔde bɛtow Babilonia kuropɔn no akyene, \q2 a wɔrenhu no bio. \q1 \v 22 Wɔrente sankubɔfo ne nnwontofo, atɛntɛbɛnhyɛnfo ne torobɛntohyɛnfo nka wɔ mu bio. \q2 Wɔrenhu odwumfo biara wɔ wo mu bio. \q2 Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ wo mu bio. \q1 \v 23 Kanea hann \q2 renhyerɛn wɔ wo mu bio. \q1 Wɔrente ayeforokunu ne ayeforo \q2 nne wɔ wo mu bio. \q1 Wʼaguadifo yɛ wiase mu nnipa atitiriw. \q2 Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa. \q1 \v 24 Ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefo \q2 ne wɔn a wokum wɔn wɔ asase so no nyinaa mogya.” \c 19 \s1 Nnipakuw A Wɔwɔ Ɔsoro No Ani Gye \p \v 1 Eyi akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuw a wɔwɔ ɔsoro teɛ mu se, \q1 “Haleluya! \q1 Nkwagye ne anuonyam ne tumi wɔ yɛn Nyankopɔn, \q2 \v 2 efisɛ nʼatemmu yɛ nokware, \q1 na eye sɛ obuu oguamanfo kɛse \q2 a ɔde nʼaguamammɔ asɛe asase no atɛn. \q1 Onyankopɔn atwe nʼaso, efisɛ okum nʼasomfo.” \p \v 3 Na afei wɔteɛɛ mu bio se, \q1 “Haleluya! \q1 Wusiw befi kurow no mu akɔ ɔsoro daa daa.” \p \v 4 Mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahengua so no anim som no. Na wɔteɛɛ mu se, \q1 “Amen, Haleluya!” \p \v 5 Afei nne bi fi ahengua no so bae se, \q1 “Monkamfo yɛn Nyankopɔn, \q2 mo a moyɛ nʼasomfo nyinaa, \q1 mo a musuro no, \q2 akɛse ne nkumaa!” \p \v 6 Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ asuworo ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛteɛ mu se, \q1 “Haleluya! \q2 Yɛn Tumfo Awurade Nyankopɔn di hene. \q1 \v 7 Momma yɛn ho nsɛpɛw yɛn na yɛn ani nnye \q2 na yɛnhyɛ no anuonyam \q1 efisɛ Oguamma no ayeforohyia adu \q2 a nʼayeforokunu asiesie ne ho. \q1 \v 8 Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani tew \q2 maa no sɛ ɔnhyɛ.” \m (Nwera no kyerɛ ahotefo trenee nneyɛe.) \b \p \v 9 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Kyerɛw sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn wɔ Oguamma no ayeforohyia anwummere aponto ase.” Ɔka kaa ho se, “Eyi yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.” \p \v 10 Mibutuw ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa, efisɛ meyɛ ɔsomfo te sɛ wo ne wo nuanom a wodi Yesu ho adanse no. Som Onyankopɔn efisɛ nokware a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifo no nkuran.” \s1 Ahene Mu Hene \p \v 11 Afei mihuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no din de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafo.” Nokware na ogyina so bu atɛn na ɔko ne ko. \v 12 Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛredɛw na ɔhyɛ ahenkyɛw bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu ne ho, nanso na obiara nnim din no nkyerɛase ka ne ho. \v 13 Na ɔhyɛ atade bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm” \v 14 Ɔsoro asraafo a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani tew a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. \v 15 Afoa a ano yɛ nnam yiye a ɔde bedi aman so no fii nʼanom bae. Dade pema na ɔde bedi wɔn so. Sɛnea wotiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamoa mu no so no, saa ara na obetiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Tumfo no abufuw. \v 16 Na wɔakyerɛw din agu nʼatade mu ne ne srɛ ho se, \pc Ahene mu Hene ne Awuranom mu Awurade. \p \v 17 Afei, mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Ɔteɛɛ mu guu nnomaa a wɔnam wim nyinaa so se, “Mommra mmehyia mu wɔ Onyankopɔn aponto kɛse no ase. \v 18 Mummedi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfo nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefo nam ne adehye ne nkoa ne akɛse ne nketewa nyinaa nam.” \p \v 19 Afei mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafo a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm. \v 20 Wɔkyeree aboa no ne nʼatoro adiyifo a ɔyɛɛ anwonwade maa no no. Saa anwonwade no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyirae ne wɔn a wɔsom aboa no honi no. Wɔtow aboa no ne atoro adiyifo no anikann guu ogya ɔtare a sufre na na ɛredɛw wɔ mu no mu. \v 21 Wɔde afoa a efi ɔpɔnkɔkafo no anom kunkum wɔn asraafo, na nnomaa no dii wɔn nam sɛnea wobetumi. \c 20 \s1 Mfe Mpem Du Afiasenna Ne Ahenni \p \v 1 Afei mihuu ɔbɔfo bi sɛ ofi ɔsoro reba fam a na okura bun no safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. \v 2 Ɔkyeree ɔwɔ kɛse dedaw a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfe apem. \v 3 Ɔbɔfo no tow no kyenee bun no mu, too mu safe sɔw ano sɛnea ɛbɛyɛ a mfe apem no betwa mu. Ɛno akyi na wobegyaa no kakra. \p \v 4 Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraehyɛde ankeka wɔn moma so ne wɔn nsa ho. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem. \v 5 Eyi ne awufosɔre a edi kan. Awufo a wɔaka no annyan kosii mfe apem no akyi. \v 6 Nhyira bebree nka wɔn a wodii kan nyan wɔn fii awufo mu no. Owu a ɛto so abien no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo. Na wɔne no bedi ahene mfe apem. \p \v 7 Mfe apem no akyi na wobeyi ɔbonsam afi afiase hɔ; \v 8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ wiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea ano de wɔn akɔ ɔko. \v 9 Wotuu sa kɔɔ asase so nyinaa kotwaa Onyankopɔn nkurɔfo atenae a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiae. Nanso ogya fi ɔsoro bɛsɛee wɔn. \v 10 Na wɔtow ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tare ne sufre a wɔde aboa no ne atoro odiyifo no agu mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa. \s1 Atemmu A Etwa To \p \v 11 Afei mihuu ahengua fitaa kɛse bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guanee wɔ nʼanim, na wɔanhu wɔn bio. \v 12 Na mihuu awufo akɛse ne nketewa sɛ wogyinagyina ahengua no anim. Wobuebuee nhoma bebree mu, na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ ateasefo nhoma no mu. Wobuu awufo no atɛn, sɛnea wɔn nnwuma te ne sɛnea wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no. \v 13 Afei po nso dannan nʼawufo mae. Owu ne asaman nso de wɔn awufo mae. Na wobuu wɔn nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. \v 14 Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu. Saa ogya tare yi ne owuprenu no. \v 15 Na wɔtow obiara a wɔankyerɛw ne din angu nkwa nhoma no mu no kyenee ogya tare no mu. \c 21 \s1 Ɔsoro Foforo Ne Asase Foforo \p \v 1 Afei mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan ɔsoro ne kan asase no atwa mu, na po nso nni hɔ bio. \v 2 Na mihuu Kurow Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforo sɛ efi Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforo a ɔrekohyia ne kunu. \v 3 Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, “Afei, Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. \v 4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwa mu.” \p \v 5 Afei nea ɔte ahengua no so no kae se, “Afei mereyɛ nneɛma nyinaa foforo!” Ɔka kyerɛɛ me nso se, “Kyerɛw eyi, efisɛ saa nsɛm yi yɛ nokware a wɔde wɔn ho to so.” \p \v 6 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Mfiase ne Awiei no. Obiara a osukɔm de no no, mɛma no nsu a efi nkwa asuti mu anom kwa. \v 7 Obiara a obedi nkonim no benya eyi afi me nkyɛn. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. \v 8 Nanso ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyiwadeyɛfo ne awudifo ne nguamanfo ne asumanfo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw wɔ mu no mu. Ɛno ne owuprenu no.” \s1 Yerusalem Foforo No \p \v 9 Abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforo a ɔyɛ Oguamma no yere no.” \v 10 Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resian aba fam. \v 11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdemmo a ɛsɛ ahwehwɛbo a ani tew sɛ ahwehwɛ. \v 12 Na ne fasu no wɔ ahoɔden na ɛware yiye nso. Apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ so. Na ɔpon biara so no wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu baako din. \v 13 Apon abiɛsa wɔ apuei; abiɛsa wɔ anafo; abiɛsa wɔ atifi na abiɛsa wɔ atɔe. \v 14 Wosii kurow no afasu sii abo dumien a wɔakyerɛw Oguamma no asomafo dumien no din wɔ so no so. \p \v 15 Ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ pema susudua a wɔde besusuw kurow no, nʼapon ne nʼafasu. \v 16 Na kurow no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛw yɛ pɛ. Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem abien ne ahannan (2,400), na ne trɛw, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. \v 17 Ɔbɔfo no susuw ɔfasu no nso a na ne sorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia. \v 18 Ahwehwɛbo na ɔde too afasu no. Na kurow no de, sikakɔkɔɔ ankasa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toe. \v 19 Wɔde aboɔdemmo ahorow a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kurow no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo. Fapem a ɛto so abien yɛ hoabo. Fapem a ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo. Fapem a ɛto so anan yɛ ahabammono bo. \v 20 Fapem a ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo. Fapem a ɛto so asia yɛ bogyanambo. Fapem a ɛto so ason yɛ sikabereɛbo. Fapem a ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo. Fapem a ɛto so akron yɛ akraatebo. Fapem a ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo. Fapem a ɛto so dubaako yɛ wusiwbo. Fapem a ɛto so dumien yɛ beredumbo. \v 21 Na wɔde nhene pa dumien na ɛyɛɛ apon dumien no. Wɔde ahene pa baako na ɛyɛɛ apon no mu biara. Na kurow no abɔntenkɛse no yɛ sika ankasa, kurunnyenn sɛ ahwehwɛ. \p \v 22 Na manhu asɔredan wɔ kurow no baabiara mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn Tumfo ne Oguamma no ne asɔredan. \v 23 Na owia anaa ɔsram hann nhia kurow no, efisɛ na Onyankopɔn ne Oguamma no anuonyam hyerɛn wɔ hɔ. \v 24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahode bɛba hɔ. \v 25 Wɔntoto kurow no apon mu. Da biara ano da hɔ. Efisɛ sum nnuru wɔ hɔ. \v 26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kurow no mu. \v 27 Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguamma no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu. \c 22 \s1 Nkwa Asubɔnten \p \v 1 Ɔbɔfo no kyerɛɛ me nkwa asubɔnten a ani tew kurunnyenn sɛ ahwehwɛ a efi Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua so, \v 2 na ɛsen fa kurow no tempɔn kɛse no mfimfini. Nkwa dua si asu no fa biara a afe biara ɛsow aba ahorow dumien wɔ ɔsram biara. Wɔde so ahaban no sa aman ahorow no yare. \v 3 Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn nnome ase no nkɔ kurow no mu. Wobehu Onyankopɔn ne Oguamma no ahengua wɔ kurow no mu na nʼasomfo bɛsom no. \v 4 Wobehu nʼanim na wɔbɛkyerɛw ne din agu wɔn moma so. \v 5 Ade rensa wɔ hɔ bio, na akanea anaa hann ho nhia, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛyɛ wɔn hann na wobedi ade sɛ ahene daa daa. \s1 Kristo Reba \p \v 6 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Saa nsɛm yi yɛ nokware a wode wo ho to so a, eye. Na Awurade Nyankopɔn a ɔde Honhom ma adiyifo no somaa ne bɔfo se ɔmmɛkyerɛ nʼasomfo nea ɛbɛba nnansa yi ara no.” \b \p \v 7 Yesu kae se, \wj “Muntie! Mereba nnansa yi ara, Nhyira nka wɔn a wotie adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no!”\wj* \b \p \v 8 Me Yohane, mate na mahu saa nneɛma yi nyinaa. Na metee ne nyinaa, huu ne nyinaa wiei no, mibutuw ɔbɔfo no a ɔkyerɛɛ me saa nneɛma yi nyinaa no nan ase pɛɛ sɛ mesom no. \v 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa! Meyɛ ɔsomfo te sɛ wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nhoma yi mu nsɛm no so no ara pɛ. Som Onyankopɔn!” \p \v 10 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Nkata saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no so, efisɛ bere no abɛn. \v 11 Obiara a ɔyɛ bɔne no nkɔ so nyɛ bɔne, na nea ɔyɛ fi no nkɔ so nyɛ fi; nea ɔyɛ papa no nkɔ so nyɛ papa, na nea ɔyɛ kronkron no nkɔ so nyɛ kronkron.” \b \b \p \v 12 \wj Hwɛ! Mereba ntɛm! Mikura mʼakatua sɛ mede rebɛma obiara sɛnea nʼadwumayɛ te.\wj* \v 13 \wj Mene Alfa ne Omega, Ɔkannifo ne Okyikafo, Mfiase ne Awiei.\wj* \b \p \v 14 \wj “Nhyira nka wɔn a wɔhoro wɔn ntade ma efi, na wɔn na wɔwɔ ho kwan sɛ wodi nkwa dua no aba na wɔfa kurow no pon no mu.\wj* \v 15 \wj Na Kurow no akyi na akraman ne asumanfo ne nguamanfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi atoro no nyinaa wɔ.\wj* \b \p \v 16 \wj “Me, Yesu, na masoma me bɔfo sɛ ɔmmɛbɔ mo saa nhoma yi nyinaa ho amanneɛ wɔ asafo mu. Meyɛ Dawid busuani. Mene anɔpa nsoromma a ɛhyerɛn no.”\wj* \b \p \v 17 Honhom no ne ayeforo no se, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔte saa asɛm yi nso ka se, ‘Bra!’ Na nea osukɔm de no no mmra, na nea ɔpɛ no nso, ommegye nkwa nsu no kwa.” \s1 Awiei \p \v 18 Me, Yohane, mebɔ obiara a ɔte saa adiyisɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no kɔkɔ se: Sɛ obi de bi ka ho a, Onyankopɔn de asotwe bɛka ne haw a wakyerɛ mu wɔ saa nhoma yi mu no ho. \v 19 Na sɛ obi nso yi bi fi adiyisɛm a ɛwɔ saa nhoma yi mu no mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa a obenya wɔ nkwa dua no ne kurow Kronkron a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma yi mu no. \b \p \v 20 Nea odi nhoma yi ho adanse no ka se, \wj “Yiw! Mereba ntɛm!”\wj* \p Amen. Bra, Awurade Yesu! \b \p \v 21 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka ahotefo nyinaa. Amen.