\id PSA - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Nnwom \toc1 Nnwom \toc2 Nnwom \toc3 Nnw \mt1 Nnwom \c 1 \ms ƆFA A EDI KAN \mr Nnwom 1–41 \cl Dwom 1 \q1 \v 1 Nhyira ne onipa a \q2 ontie amumɔyɛfo afotu \q1 na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi \q2 na ɔntena fɛwdifo tenabea. \q1 \v 2 Na mmom, \nd Awurade\nd* mmara sɔ nʼani, \q2 na osusuw ho awia ne anadwo. \q1 \v 3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho, \q2 na ɛsow nʼaba ne bere mu a \q1 nʼahaban no nguan da. \q2 Nea ɔyɛ biara yɛ yiye. \q1 \v 4 Nanso nnebɔneyɛfo nte saa; \q2 wɔte sɛ ntɛtɛ a \q2 mframa bɔ gu. \q1 \v 5 Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano, \q2 na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu. \b \q1 \v 6 Efisɛ \nd Awurade\nd* kyerɛ ɔtreneeni kwan \q2 nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera. \c 2 \cl Dwom 2 \q1 \v 1 Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho \q2 na nnipa no bɔ pɔw hunu yi? \q1 \v 2 Asase so ahemfo sɔre gyina \q2 na sodifo ka wɔn ho bɔ mu \q2 tia \nd Awurade\nd* ne Nea Wɔasra no no. \q1 \v 3 Wɔka se, \q2 “Momma yemmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn \q2 na yɛntow wɔn mpokyerɛ ngu.” \b \q1 \v 4 Nea ɔte agua so wɔ ɔsoro no serew; \q2 \nd Awurade\nd* di wɔn ho fɛw. \q1 \v 5 Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuw mu, \q2 hunahuna wɔn wɔ nʼabufuwhyew mu, ka se, \q1 \v 6 “Masi me Hene \q2 wɔ Sion, me bepɔw kronkron no so.” \p \v 7 Mɛpae mu aka \nd Awurade\nd* ahyɛde: \q1 Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me Ba; \q2 nnɛ mayɛ wʼAgya. \q1 \v 8 Bisa me, \q2 na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapade, \q2 asase ano nyinaa bɛyɛ wo de. \q1 \v 9 Wode dade ahempema bedi wɔn so; \q2 na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.” \b \q1 \v 10 Enti mo ahemfo, munsua nyansa; \q2 monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifo. \q1 \v 11 Momfa osuro nsom \nd Awurade\nd* \q2 na monsɛpɛw mo ho ahopopo mu. \q1 \v 12 Mumfew Ɔba no ano, na ne bo amfuw \q2 na mo akwan de mo bɛkɔ ɔsɛe mu, \q1 efisɛ nʼabufuwhyew tumi sɔre mpofirim. \q2 Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa. \c 3 \cl Dwom 3 \d Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa! \q2 dodow no ara na wɔsɔre tia me! \q1 \v 2 Bebree no ara ka fa me ho se, \q2 “Onyankopɔn rennye no.” \b \q1 \v 3 Nanso wo, \nd Awurade\nd*, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia \q2 mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti. \q1 \v 4 Meteɛ mu su frɛ \nd Awurade\nd*, \q2 na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so. \b \q1 \v 5 Metɔ hɔ na meda a, \q2 minyan bio, efisɛ \nd Awurade\nd* ma migyina. \q1 \v 6 Merensuro atamfo mpem mpem a \q2 wɔatwa me ho ahyia no. \b \q1 \v 7 Sɔre, \nd Awurade\nd*! \q2 Gye me, me Nyankopɔn! \q1 Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye; \q2 na tutu amumɔyɛfo se. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* hɔ na ogye fi ba. \q2 Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so. \c 4 \cl Dwom 4 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Sɛ misu frɛ wo a, gye me so, \q2 me trenee Nyankopɔn. \q1 Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu; \q2 hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ. \b \q1 \v 2 Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora? \q2 Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi? \q1 \v 3 Hu sɛ \nd Awurade\nd* ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho; \q2 \nd Awurade\nd* betie, sɛ misu mefrɛ no a. \b \q1 \v 4 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne; \q2 sɛ modeda mo mpa so a, \q2 monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu. \q1 \v 5 Mommɔ afɔre a ɛfata \q2 na momfa mo werɛ nhyɛ \nd Awurade\nd* mu. \b \q1 \v 6 Nnipa bebree bisa se: \q2 “Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?” \q2 \nd Awurade\nd*, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so. \q1 \v 7 Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma \q2 bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no. \q1 \v 8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu, \q2 efisɛ wo nko ara, \nd Awurade\nd*, \q2 na woma metena dwoodwoo. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. \c 5 \cl Dwom 5 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, yɛ aso ma me nsɛm \q2 na dwen mʼapinisi ho. \q1 \v 2 Tie me mmoa ho sufrɛ, \q2 me Hene ne me Nyankopɔn, \q2 efisɛ wo na mebɔ wo mpae. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd*, wote me nne anɔpa; \q2 anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim \q2 na mede anidaso twɛn. \b \q1 \v 4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; \q2 na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena. \q1 \v 5 Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim; \q2 wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa. \q1 \v 6 Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; \q2 \nd Awurade\nd* kyi \q2 mogyapɛfo ne asisifo. \b \q1 \v 7 Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, \q2 mɛba wo fi; \q1 na nidi mu na mɛkotow \q2 akyerɛ wʼasɔredan kronkron no. \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* kyerɛ me kwan \q2 wɔ wo trenee mu \q2 mʼatamfo nti, \q2 bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim. \q1 \v 9 Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware; \q2 ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma. \q1 Wɔn menewa yɛ ɔda a so abue \q2 wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. \q1 \v 10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! \q2 Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe. \q1 Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti, \q2 efisɛ wɔasɔre atia wo. \b \q1 \v 11 Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye; \q2 ma wɔmfa anigye nto dwom daa. \q1 Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so, \q2 na wɔn a wɔdɔ wo din no \q2 ma wɔn ani nnye wɔ wo mu. \q1 \v 12 \nd Awurade\nd*, ampa ara, wuhyira atreneefo; \q2 na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ ɔmfa sankuhama nto wɔ Seminit nne so. \c 6 \cl Dwom 6 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu, \q2 na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu. \q1 \v 2 Hu me mmɔbɔ, \nd Awurade\nd*, efisɛ meyɛ mmrɛw; \q2 \nd Awurade\nd* sa me yare \q2 na me nnompe wɔ ahoyeraw mu. \q1 \v 3 Me kra wɔ ahohia mu. \q2 Enkosi da bɛn, Ao \nd Awurade\nd*, enkosi da bɛn? \b \q1 \v 4 San bra, \nd Awurade\nd*, na begye me nkwa; \q2 gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti. \q1 \v 5 Obi a wawu no renkae wo da, \q2 hena na ofi ɔda mu kamfo wo? \b \q1 \v 6 Apinisi ama mayɛ mmerɛw. \q2 Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa, \q2 na me nusu fɔw me sumii. \q1 \v 7 Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu. \q2 Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti. \b \q1 \v 8 Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho! \q2 efisɛ \nd Awurade\nd* ate me sufrɛ. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* ate me mmɔborɔsu; \q2 \nd Awurade\nd* tie me sufrɛ. \q1 \v 10 Mʼatamfo nyinaa anim begu ase \q2 na wɔn ho adwiriw wɔn; \q2 na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi. \c 7 \cl Dwom 7 \d Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa \nd Awurade\nd*. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn, \q2 miguan toa wo; \q2 Gye me fi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam, \q1 \v 2 anyɛ saa a wɔbɛtetew me mu sɛ gyata \q2 na wɔatetew me mu asinasin a \q2 obiara rentumi nnye me. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyi \q2 na sɛ afɔdi aba me so a, \q1 \v 4 sɛ mayɛ bɔne atia nea ɔne me te yiye, \q2 anaasɛ mabɔ me tamfo korɔn kwa a, \q1 \v 5 ɛno de ma mʼatamfo ntaa me na wɔmmɛto me; \q2 ma wontiatia me so wɔ fam, \q2 na wɔmma me funu nna mfutuma mu. \b \q1 \v 6 Sɔre wɔ wʼabufuw mu, \nd Awurade\nd*! \q2 Sɔre tia mʼatamfo abufuw. \q2 Nyan, me Nyankopɔn; hyɛ atɛntrenee mmara. \q1 \v 7 Ma nnipadɔm mmetwa wo ho nhyia. \q2 Fi ɔsoro hɔ di wɔn so; \q2 \v 8 ma \nd Awurade\nd* mmu nnipa no atɛn. \q1 Bu me atɛn, \nd Awurade\nd* sɛnea me trenee te, \q2 sɛnea me nokwaredi te, Ao, Ɔsorosoroni. \q1 \v 9 Onyankopɔn treneeni, \q2 wo a wohwehwɛ adwene ne koma mu, \q1 fa amumɔyɛfo basabasayɛ bra awiei \q2 na ma atreneefo nnya bammɔ. \b \q1 \v 10 Me nkatabo ne Ɔsorosoro Nyankopɔn \q2 nea ogye koma mu treneeni no. \q1 \v 11 Onyankopɔn yɛ otemmufo treneeni, \q2 Onyame a ɔda nʼabufuwhyew adi da biara. \q1 \v 12 Sɛ wansesa nʼadwene a, \q2 ɔbɛsew nʼafoa ano; \q2 obekuntun ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu. \q1 \v 13 Wasiesie nʼakode a ɛyɛ hu; \q2 ayɛ ne bɛmma a ɛredɛw no krado. \b \q1 \v 14 Nea onyinsɛn amumɔyɛ \q2 na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa. \q1 \v 15 Nea otu tokuru, na oyi mu dɔte no \q2 hwe tokuru a watu no mu. \q1 \v 16 Ɔhaw a ɔde ba no dan bɔ nʼankasa so; \q2 ne basabasayɛ bɔ nʼankasa ti so. \b \q1 \v 17 Mede aseda bɛma \nd Awurade\nd*, \q2 ne trenee nti, \q1 na mato ayeyi dwom ayi \nd Awurade\nd*, Ɔsorosoroni no din ayɛ. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no “gittit” sanku nne so. \c 8 \cl Dwom 8 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, yɛn \nd Awurade\nd*, \q2 wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa. \b \q1 Wode wʼanuonyam \q2 atimtim ɔsoro nohɔ, \q1 \v 2 mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano \q2 kamfo wo, wʼatamfo nti; \q2 na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano. \b \q1 \v 3 Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro, \q2 wo nsateaa ano adwuma; \q1 ɔsram ne nsoromma a \q2 wode obiara asi nʼafa a, \q1 \v 4 onipa ne hena a wokae no, \q2 na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho? \q1 \v 5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo \q2 na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri. \b \q1 \v 6 Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma \q2 wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase: \q1 \v 7 nguankuw ne anantwikuw nyinaa \q2 ne wuram mmoa nso, \q1 \v 8 wim nnomaa \q2 ne po mu mpataa, \q2 nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa. \b \q1 \v 9 \nd Awurade\nd*, yɛn \nd Awurade\nd*, \q2 wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so! \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Ɔba no wu”. \c 9 \cl Dwom 9 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, mefi me koma nyinaa mu ada wo ase. \q2 Mɛka wʼanwonwade no nyinaa. \q1 \v 2 Mɛma mʼani agye na madi ahurusi wɔ wo mu. \q2 Mɛto ayeyi dwom ama wo din, Ɔsorosoroni. \b \q1 \v 3 Mʼatamfo san wɔn akyi; \q2 wɔtetew hwe, na wowuwu wɔ wʼanim. \q1 \v 4 Woadi mʼasɛm ama me, na menya mʼahofadi; \q2 woatena wʼahengua so, abu atɛntrenee. \q1 \v 5 Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumɔyɛfo. \q2 Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio. \q1 \v 6 Ɔsɛe a enni awiei ato ɔtamfo no, \q2 woatutu wɔn nkuropɔn; \q2 na wɔnkae wɔn bio mpo. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* di hene daa daa; \q2 wasi nʼatemmu ahengua. \q1 \v 8 Ɔde trenee bebu wiase atɛn; \q2 ɔde atɛntrenee bedi nnipa no so. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* yɛ guankɔbea ma wɔn a wodi wɔn nya no, \q2 ɔyɛ abandennen wɔ ahohia mmere mu. \q1 \v 10 Wɔn a wonim wo din no de wɔn ho bɛto wo so, \q2 efisɛ, wo \nd Awurade\nd*, wunnyaw obiara a ɔhwehwɛ wo no mu da. \b \q1 \v 11 Monto ayeyi dwom mma \nd Awurade\nd* a ɔte ahengua so wɔ Sion; \q2 mompae mu nka nea wayɛ wɔ amanaman no mu. \q1 \v 12 Na ɔkae nea ɔtɔ mogya so were no; \q2 ommu nʼani ngu ɔbrɛfo sufrɛ so. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd*, hwɛ sɛnea mʼatamfo teetee me! \q2 Hu me mmɔbɔ na yi me fi owu apon ano, \q1 \v 14 na matumi apae mu aka wʼayeyi \q2 wɔ Ɔbabea Sion apon ano, \q2 na madi ahurusi wɔ wo nkwagye no mu hɔ. \b \q1 \v 15 Amanaman mufo atɔ amoa a wɔatu no mu; \q2 afiri a wosum hintaw no ayi wɔn anan. \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* atɛntrenee da no adi; \q2 amumɔyɛfo nsa ano adwuma ayi wɔn. \q1 \v 17 Amumɔyɛfo san kɔ ɔda mu, \q2 amanaman a wɔn werɛ fi Onyankopɔn nyinaa. \q1 \v 18 Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani, \q2 anaasɛ mmɔborɔni anidaso bɛyera korakora. \b \q1 \v 19 Sɔre! \nd Awurade\nd*, mma ɔdesani nni nkonim, \q2 bu amanaman no atɛn wɔ wʼanim. \q1 \v 20 Bɔ wɔn hu, \nd Awurade\nd*; \q2 na ma wonhu sɛ, wɔyɛ adesa bi kɛkɛ. \c 10 \cl Dwom 10 \q1 \v 1 Adɛn, \nd Awurade\nd*, na wugyina akyirikyiri saa? \q2 Adɛn na wode wo ho ahintaw wɔ amanehunu mmere mu yi? \b \q1 \v 2 Omumɔyɛfo de ahantan taataa mmɔborɔfo, \q2 wɔn a ne nneyɛe mfiri yiyi wɔn no. \q1 \v 3 Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho; \q2 ohyira odifudepɛfo na oyi \nd Awurade\nd* ahi. \q1 \v 4 Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ \nd Awurade\nd*; \q2 ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee. \q1 \v 5 Nʼakwan nyinaa mu odi yiye; \q2 ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho; \q2 na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw. \q1 \v 6 Ɔka kyerɛ ne ho se: “Hwee remma minhinhim; \q2 mʼani begye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.” \q1 \v 7 Nnome, atoro ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; \q2 Ɔhaw ne mmusu hyɛ ne tɛkrɛma ase. \q1 \v 8 Ɔtɛw bɛn nkuraa no; \q2 ofi ahintawee kum nea onnim hwee, \q2 ohintaw hwɛ wɔn a ɔrehwehwɛ wɔn ayɛ wɔn bɔne no. \q1 \v 9 Ɔte sɛ gyata a wahintaw; \q2 ɔtɛw sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; \q2 ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bon mu. \q1 \v 10 Ɔdwerɛw wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ beraw; \q2 na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ. \q1 \v 11 Ɔka kyerɛ ne ho se, “Onyankopɔn werɛ afi; \q2 wayi nʼani afi so na onhu.” \b \q1 \v 12 Sɔre, \nd Awurade\nd*! Ma wo nsa so, Onyankopɔn. \q2 Mma wo werɛ mfi wɔn a wonni aboafo. \q1 \v 13 Adɛn nti na omumɔyɛfo yi Onyankopɔn ahi? \q2 Adɛn nti na ɔka kyerɛ ne ho se, \q2 “Ɔremfrɛ me akontaabu so?” \q1 \v 14 Nanso wo, Onyankopɔn, wuhu amanehunufo haw; \q2 na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. \q1 Mmɔborɔni de ne ho ma wo; \q2 wo na woyɛ ayisaa boafo. \q1 \v 15 Bubu omumɔyɛfo ne ɔbɔnefo aprɛw; \q2 frɛ no na ommebu nʼamumɔyɛ ho nkontaa, \q2 nʼamumɔyɛ a anka wɔrenhu no. \b \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* yɛ ɔhene daa nyinaa; \q2 amanaman no bɛyera nʼasase so. \q1 \v 17 \nd Awurade\nd*, wutie mmɔborɔfo adesrɛ; \q2 wohyɛ wɔn nkuran, na wutie wɔn sufrɛ, \q1 \v 18 na wudi ma ayisaa ne nea wɔhyɛ no so, \q2 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdesani a ofi asase mu \q2 renhunahuna bio. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 11 \cl Dwom 11 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* mu na mede me werɛ ahyɛ. \q2 Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se, \q2 “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so. \q1 \v 2 Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu, \q2 na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama so \q1 sɛ wɔbɛtow wɔ sum mu \q2 de awɔ koma mu ahotefo. \q1 \v 3 Sɛ wɔresɛe fapem no a, \q2 dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?” \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; \q2 \nd Awurade\nd* te ne soro ahengua so. \q1 Ɔhwɛ nnipa mma, \q2 nʼani hwehwɛ wɔn mu. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* hwehwɛ ɔtreneeni mu, \q2 na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de, \q2 ne kra kyi wɔn. \q1 \v 6 Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛw \q2 agu amumɔyɛfo so; \q2 na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* yɛ ɔtreneeni, \q2 na ɔpɛ atɛntrenee; \q2 wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ “Seminit” sanku nne so. \c 12 \cl Dwom 12 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Boa yɛn, \nd Awurade\nd*, na nyamesurofo asa; \q2 nokwafo ayera wɔ nnipa mu. \q1 \v 2 Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; \q2 wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm. \b \q1 \v 3 Ma \nd Awurade\nd* ntwa nnaadaa ano \q2 ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene; \q1 \v 4 nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; \q2 yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?” \b \q1 \v 5 “Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni \q2 ne ohiani apinisi no nti, \q1 mɛsɔre afei,” \nd Awurade\nd* na ose. \q2 “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.” \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* asɛm yɛ nokware \q2 te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu, \q2 na wɔahoa ho mpɛn ason. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd*, wobɛkora mmɔborɔni \q2 na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ. \q1 \v 8 Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ, \q2 bere a adesamma de nidi ma afide. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 13 \cl Dwom 13 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* enkosi da bɛn? Wo werɛ befi me afebɔɔ ana? \q2 Enkosi da bɛn na wode wʼanim behintaw me? \q1 \v 2 Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere \q2 na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa? \q2 Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn? \b \q1 \v 3 Twa wʼani hwɛ me na bua me, \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn. \q2 Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna. \q1 \v 4 Me tamfo bɛka se, “Madi ne so nkonim.” \q2 Na mʼahohiahiafo bedi ahurusi bere a mahwe ase. \b \q1 \v 5 Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; \q2 me koma di ahurusi wɔ wo nkwagye mu. \q1 \v 6 Mɛto dwom ama \nd Awurade\nd*, \q2 efisɛ ɔne me adi no yiye. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo no. \c 14 \cl Dwom 14 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, \q2 “Onyankopɔn bi nni hɔ.” \q1 Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fi \q2 na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa. \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* fi ɔsoro hwɛ \q2 adesamma wɔ fam \q1 sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, \q2 anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. \q1 \v 3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; \q2 wɔn nyinaa ayɛ bɔne. \q1 Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. \q2 Ɔbaako mpo nni hɔ. \b \q1 \v 4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana? \b \q1 Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan. \q2 Wonnsu mfrɛ \nd Awurade\nd*? \q1 \v 5 Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn, \q2 efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu. \q1 \v 6 Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe, \q2 nanso, \nd Awurade\nd* ne wɔn guankɔbea. \q1 \v 7 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! \q2 \nd Awurade\nd* bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn. \q2 Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye! \c 15 \cl Dwom 15 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu? \q2 Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so? \b \q1 \v 2 Nea ne ho nni asɛm \q2 na ɔyɛ nea ɛteɛ, \q1 nea ɔka nokware a efi ne koma mu \q2 \v 3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa \q1 nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne \q2 na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa, \q1 \v 4 nea obu afideyɛni animtiaa \q2 na ɔde nidi ma wɔn a wosuro \nd Awurade\nd*, \q1 nea odi ne ntam so, \q2 bere a etia no mpo, \q1 \v 5 nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho \q2 na onnye adanmude ntia nea odi bem. \b \q1 Nea ɔyɛ eyinom no \q2 renhinhim da. \c 16 \cl Dwom 16 \d Dawid mpaebɔ. \q1 \v 1 Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn, \q2 na wo mu na minya guankɔbea. \b \q1 \v 2 Meka kyerɛɛ \nd Awurade\nd* se, \q2 “MʼAwurade ne wo; \q2 minni ade pa biara ka wo ho.” \q1 \v 3 Ahotefo a wɔwɔ asase no so de, \q2 wɔne anuonyamfo a \q2 mʼanigye wɔ wɔn mu. \q1 \v 4 Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no, \q2 wɔn awerɛhow bɛdɔɔso. \q1 Merengu mogya nsa mma saa anyame no \q2 na meremfa mʼano mmɔ wɔn din. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; \q2 woama me kyɛfa anya bammɔ. \q1 \v 6 Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me; \q2 ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye. \q1 \v 7 Mɛkamfo \nd Awurade\nd* a otu me fo; \q2 na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me. \q1 \v 8 Mihu \nd Awurade\nd* wɔ mʼani so daa nyinaa. \q2 Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da. \b \q1 \v 9 Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi; \q2 me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu, \q1 \v 10 efisɛ, worennyaw me awufo mu. \q2 Na woremma wo Kronkronni no mporɔw. \q1 \v 11 Woakyerɛ me nkwagye kwan, \q2 na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim, \q2 na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so. \c 17 \cl Dwom 17 \d Dawid Mpaebɔ. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, tie me trenee abisade; \q2 tie me sufrɛ. \q1 Yɛ aso ma me mpaebɔ; \q2 nea emfi nnaadaa anofafa mu. \q1 \v 2 Ma me bembu mfi wo; \q2 ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ. \b \q1 \v 3 Wopɛɛpɛɛ me koma mu, \q2 wohwehwɛ me mu anadwo, \q1 na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ; \q2 mʼano nkaa bɔne bi ɛ. \q1 \v 4 Nnipa nneyɛe fam no, \q2 anom asɛm nti \q1 matwe me ho afi \q2 basabasayɛfo akwan ho. \q1 \v 5 Menam wʼakwan so daa; \q2 me nan nhintiw ɛ. \b \q1 \v 6 Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn \q2 na wubegye me so; \q2 yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ. \q1 \v 7 Da wo dɔ nwonwaso no adi; \q2 wo a wode wo nsa nifa \q1 gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa \q2 fi wɔn atamfo nsam no. \q1 \v 8 Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; \q2 fa me sie wo ntaban nwini no ase, \q1 \v 9 fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam, \q2 mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no. \b \q1 \v 10 Wopirim wɔn koma, \q2 na wɔkasa ahantan so. \q1 \v 11 Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; \q2 wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam. \q1 \v 12 Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no, \q2 te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee. \b \q1 \v 13 Sɔre, \nd Awurade\nd*! \q2 Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; \q2 fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd*, fa wo nsa \q2 gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam; \q2 asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no. \q1 Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; \q2 wɔn mmabarima wɔ bebree, \q2 na wɔkora agyapade ma wɔn mma. \b \q1 \v 15 Na me trenee mu, mehu wʼanim; \q2 sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 18 \cl Dwom 18 \d \nd Awurade\nd* akoa Dawid dwom. Ɔtoo saa dwom yi maa \nd Awurade\nd*, bere a ogyee no fii nʼatamfo nyinaa ne Saulo nsam no. \q1 \v 1 Medɔ wo, \nd Awurade\nd*, mʼahoɔden. \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* ne me botantim; \q2 mʼaban ne me gyefo; \q1 me Nyankopɔn yɛ me botan. \q2 Ne mu na minya me hintabea. \q2 Ɔyɛ me nkatabo, me nkwagye abɛn ne mʼabandennen. \q1 \v 3 Misu frɛ \nd Awurade\nd*; ɔno na ayeyi sɛ no, \q2 efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam. \q1 \v 4 Owu nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree me; \q2 na ɔsɛe asorɔkye bu faa me so. \q1 \v 5 Ɔda mu hama kyekyeree me; \q2 mihyiaa owu mfiri. \q1 \v 6 Mʼahohia mu, misu frɛɛ \nd Awurade\nd*. \q2 Misu frɛɛ me Nyankopɔn hwehwɛɛ mmoa. \q1 Ofi nʼasɔrefi hɔ tee me nne; \q2 me sufrɛ baa nʼanim, na ɛkɔɔ nʼasom. \q1 \v 7 Asase wosowee na ehinhimii, \q2 na mmepɔw fapem wosowee \q2 wosuroe, efisɛ na ne bo afuw. \q1 \v 8 Wusiw fii ne hwene mu; \q2 ogyaframa fii nʼanom, \q2 na nnyansramma dɛw fii mu. \q1 \v 9 Ofii ɔsoro baa fam; \q2 na omununkum kabii duruu nʼanan ase. \q1 \v 10 Ɔte kerubim so tu kɔɔ soro; \q2 gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so. \q1 \v 11 Ɔde sum kataa ne ho, \q2 osu a amuna tumm atwa ne ho ahyia. \q1 \v 12 Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim, \q2 na omununkum a mparuwbo ne anyinam wɔ mu fii ne ho hyerɛn mu bae. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* bobɔɔ mu fii ɔsoro; \q2 Ɔsorosoroni no nne gyigyee bio. \q1 \v 14 Ɔtow ne bɛmma no de bɔɔ atamfo no ahwete, \q2 ɔde anyinam a ano yɛn den pam wɔn. \q1 \v 15 Po mu abon ho yiyii \q2 na asase nnyinaso ho daa hɔ, \q1 esiane wʼanimka ne ahomegu a efi wo hwene mu no nti, \q2 \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 16 Ofi soro baa fam besoo me mu; \q2 ɔtwee me fii nsu a mu dɔ mu. \q1 \v 17 Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam, \q2 wɔn a wɔn ani sa me, na wɔn ho yɛ den dodo ma me no. \q1 \v 18 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, \q2 nanso \nd Awurade\nd* maa me so, \q1 \v 19 wode me baa baabi a hɔ trɛw; \q2 ogyee me, efisɛ nʼani sɔɔ me. \b \q1 \v 20 \nd Awurade\nd* ne me adi no sɛnea me trenee te; \q2 wahwɛ me nsa a ho tew so atua me ka. \q1 \v 21 Manantew \nd Awurade\nd* akwan so. \q2 Mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne ɛ. \q1 \v 22 Madi ne mmara nyinaa so: \q2 mimmuu nʼahyɛde so. \q1 \v 23 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim, \q2 na matwe me ho afi bɔne ho. \q1 \v 24 \nd Awurade\nd* agyina me treneeyɛ \q2 ne me nsa a ho tew wɔ nʼanim no so atua me ka. \b \q1 \v 25 Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware, \q1 wɔn a wodi mu nso wokyerɛ wɔn sɛ wodi mu. \q1 \v 26 Woyɛ kronkron ma wɔn a wɔyɛ kronkron, \q2 na amumɔyɛfo de, wukyi wɔn. \q1 \v 27 Wugye ahobrɛasefo nkwa, \q2 na wobrɛ ahantanfo ase. \q1 \v 28 \nd Awurade\nd*, woma me kanea hyerɛn. \q2 Yiw, woma me sum dan hann. \q1 \v 29 Wʼahoɔden a wode ma me nti, mitumi ka asraafo gu; \q2 me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu. \b \q1 \v 30 Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ; \q2 \nd Awurade\nd* bɔhyɛ nyinaa ba mu. \q1 Ɔyɛ nkatabo \q2 ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu. \q1 \v 31 Na hena na ɔyɛ Onyankopɔn ka \nd Awurade\nd* ho? \q1 Hena na ɔyɛ Ɔbotan no? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn no. \q1 \v 32 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma me ahoɔden, \q2 na ɔma me kwan yɛ pɛ. \q1 \v 33 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de. \q2 Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea. \q1 \v 34 Osiesie me ma ɔko, \q2 na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua. \q1 \v 35 Wode wo ogye boa me nkatabo, \q2 na wo nsa nifa ma me gyina. \q2 Wobrɛ wo ho ase ma meyɛ ɔkɛse. \q1 \v 36 Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan \q2 sɛnea me nkotodwe rengurow. \b \q1 \v 37 Metaa mʼatamfo kɔtoo wɔn; \q2 mansan mʼakyi kosii sɛ mesɛee wɔn. \q1 \v 38 Mɛdwerɛw wɔn, na wɔantumi ansɔre, \q2 wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase. \q1 \v 39 Wode akodi ahoɔden maa me; \q2 womaa mʼatamfo bɔɔ wɔn mu ase wɔ me nan ase. \q1 \v 40 Womaa mʼatamfo dan wɔn ho guanee, \q2 na mesɛe wɔn a wɔtan me. \q1 \v 41 Wosu hwehwɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn, \q2 wɔfrɛɛ \nd Awurade\nd*, nanso wammua. \q1 \v 42 Meyam wɔn sɛ mfutuma a mframa bɔ gu; \q2 mihwiee wɔn guu sɛ mmɔnten so dontori. \q1 \v 43 Woagye me afi nnipa no ɔfow mu, \q2 woayɛ me amanaman no ti; \q2 nnipa a minnim wɔn abɛyɛ mʼasomfo. \q1 \v 44 Wɔte me nka pɛ a, wɔyɛ osetie ma me; \q2 ananafo kotow mʼanim. \q1 \v 45 Wɔn nyinaa botobotow; \q2 wofi wɔn abandennen mu ba ahopopo so. \b \q1 \v 46 \nd Awurade\nd* te ase! Ayeyi nka me Botan! \q2 Wɔmma Onyankopɔn, me Gyefo no din so! \q1 \v 47 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ were ma me, \q2 ɔno na ɔka amanaman hyɛ mʼase, \q1 \v 48 ɔno na ogye me fi mʼatamfo nsam. \q2 Wopagyaw me sii mʼatamfo so, \q2 wugyee me fii basabasayɛfo nsam. \q1 \v 49 Ɛno nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao \nd Awurade\nd*. \q2 Mɛto ayeyi dwom ama wo din. \b \q1 \v 50 Wode nkonimdi akɛse ama wo hene; \q2 woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo, \q2 wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 19 \cl Dwom 19 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam! \q2 Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma, \q1 \v 2 Da biara, wɔkasa; \q2 anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi. \q1 \v 3 Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm; \q2 wɔnnte wɔn nne. \q1 \v 4 Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, \q2 na wɔn nsɛm nso akodu asase ano. \b \q1 Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ. \q2 \v 5 Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, \q2 te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika. \q1 \v 6 Epue wɔ ɔsoro fa baabi \q2 na atwa ne ho akosi ano; \q2 biribiara nsiw ne hyew ho kwan. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* mmara yɛ pɛ, \q2 ɛkanyan ɔkra no. \q1 Ahotoso wɔ \nd Awurade\nd* nhyehyɛe mu, \q2 ɛma nea onnim nyansa hu nyansa. \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* ahyɛde teɛ; \q2 ɛma koma mu anigye. \q1 \nd Awurade\nd* ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; \q2 na ebue ani. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* suro yɛ kronkron, \q2 ɛte hɔ daa. \q1 \nd Awurade\nd* mmara nsɛm yɛ nokware \q2 na ne nyinaa teɛ. \q1 \v 10 Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔ \q2 ɛsen sikakɔkɔɔ kann; \q1 ɛyɛ dɛ sen ɛwo, \q2 ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu. \q1 \v 11 Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se, \q2 sodi so akatua yɛ bebree. \q1 \v 12 Hena na ohu nʼankasa mfomso? \q2 Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me. \q1 \v 13 Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho, \q2 na anhyɛ me so. \q1 Ɛno na ɛbɛma madi bem, \q2 a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho. \b \q1 \v 14 Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene \q2 nyɛ nea ɛsɔ wʼani, \nd Awurade\nd* \q2 me Botan ne me Gyefo. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 20 \cl Dwom 20 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* ntie wo wɔ wʼahohia mu; \q2 Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban. \q1 \v 2 Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo, \q2 na omfi Sion mmɛhyɛ wo den. \q1 \v 3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa, \q2 na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani. \q1 \v 4 Ɔmma wo nea wo koma pɛ, \q2 na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye. \q1 \v 5 Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim, \q2 na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu. \b \q1 \nd Awurade\nd* nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo. \b \q1 \v 6 Afei mahu sɛ \nd Awurade\nd* ma nea wasra no no nkonimdi, \q2 ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so, \q2 ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no. \q1 \v 7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so \q2 na afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so, \q2 nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn din so. \q1 \v 8 Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, \q2 na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd*, ma ɔhene nkonimdi! \q2 Yɛfrɛ a, gye yɛn so! \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 21 \cl Dwom 21 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, ɔhene di anigye wɔ wʼahoɔden mu. \q2 Nʼani gye mmoroso wɔ nkonimdi a woma no nti! \b \q1 \v 2 Woama no nea ne koma pɛ; \q2 woamfa nʼabisade ankame no. \q1 \v 3 Wode nhyira a edi mu hyiaa no \q2 na wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no. \q1 \v 4 Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, \q2 nna tenten a enni awiei. \q1 \v 5 Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so; \q2 wode kɛseyɛ ne nidi adom no. \q1 \v 6 Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da \q2 na woama no ahosɛpɛw wɔ wʼanim anigye mu. \q1 \v 7 Ɔhene no de ne ho to \nd Awurade\nd* so; \q2 Ɔsorosoroni no nokware dɔ no nti, \q2 ɔrenhinhim. \b \q1 \v 8 Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa; \q2 wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu. \q1 \v 9 Bere a wubeyi wo ho adi no \q2 wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a mu adɔ. \q1 \nd Awurade\nd* fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn, \q2 na ne gya no ahyew wɔn. \q1 \v 10 Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, \q2 na wɔn asefo afi adesamma mu. \q1 \v 11 Ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ pɔw tia wo \q2 na wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim; \q1 \v 12 efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyi \q2 bere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no. \b \q1 \v 13 Yɛma wo so, \nd Awurade\nd*, wɔ wʼahoɔden mu; \q2 yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Adekyee forote” dwom. \c 22 \cl Dwom 22 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me? \q2 Adɛn nti na me nkwagye ne wo ntam aware, \q2 adɛn na mʼapinisi nsɛm ne wo ntam aware? \q1 \v 2 Me Nyankopɔn, misu frɛ wo awia, nanso wunnye me so, \q2 mefrɛ wo anadwo, nanso minnya ɔhome. \b \q1 \v 3 Nanso wɔasi wo hene sɛ Ɔkronkronni; \q2 wo na Israel kamfo wo. \q1 \v 4 Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛe; \q2 wogyee wo dii, na wugyee wɔn. \q1 \v 5 Wosu frɛɛ wo na wugyee wɔn, \q2 wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn nhuammɔ. \b \q1 \v 6 Nanso meyɛ osunson, na menyɛ onipa \q2 nnipa bɔ me ahohora na wobu me animtiaa. \q1 \v 7 Obiara a ohu me di me ho fɛw; \q2 wotwa me adapaa, wosow wɔn ti ka se: \q1 \v 8 “Ɔde ne ho to \nd Awurade\nd* so; \q2 ma \nd Awurade\nd* mmegye no. \q1 Ma ɔmmɛboa no, \q2 efisɛ ɔwɔ no mu anigye.” \b \q1 \v 9 Wo na wuyii me fii awotwaa mu bae \q2 na womaa me de me ho too wo so \q2 bere a mitua me na nufu ano mpo. \q1 \v 10 Efi mʼawo mu na wɔde me too wo so; \q2 efi me na yafunu mu, woayɛ me Nyankopɔn. \q1 \v 11 Ntwe wo ho mfi me ho! \q2 Efisɛ amane abɛn \q2 na ɔboafo nni baabi. \b \q1 \v 12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia; \q2 Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia. \q1 \v 13 Gyata a wɔbobɔ mu na wɔtetew wɔn hanam mu \q2 abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me. \q1 \v 14 Wɔahwie me agu sɛ nsu, \q2 na me nnompe nyinaa ahodwow. \q1 Me koma adan amane; \q2 anan wɔ me mu. \q1 \v 15 Mʼanom ayow te sɛ kyɛmfɛre mu. \q2 Na me tɛkrɛma atare mʼanom. \q2 Wode me to owu mfutuma mu. \b \q1 \v 16 Akraman atwa me ho ahyia, \q2 nnebɔneyɛfo kuw atwa me ahyia, \q2 wɔahwirew me nsa ne mʼanan mu. \q1 \v 17 Me nnompe nyinaa gu petee mu; \q2 Mʼatamfo hwɛ me haa na wɔserew me. \q1 \v 18 Wɔkyɛ me atade mu fa, \q2 na wɔbɔ me ntama so ntonto. \b \q1 \v 19 Na wo, \nd Awurade\nd*, ntwe wo ho; \q2 wone mʼahoɔden, bra ntɛm bɛboa me. \q1 \v 20 Gye me kra fi afoa ano; \q2 gye me nkwa a ɛsom bo no fi akraman tumi ase. \q1 \v 21 Gye me nkwa fi gyata anom; \q2 gye me fi ɛko mmɛn so. \b \q1 \v 22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; \q2 mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim. \q1 \v 23 Monkamfo \nd Awurade\nd*, mo a musuro no no! \q2 Mo a moyɛ Yakob asefo, monhyɛ no anuonyam! \q2 Mo Israel asefo nyinaa, munni no ni! \q1 \v 24 Ommuu nʼani nguu \q2 ɔmanehunufo ateetee so ɛ, \q1 ɔmfaa nʼanim nhintaw no; \q2 na mmom watie ne sufrɛ a ɔde rehwehwɛ mmoa no. \q1 \v 25 Me botae a mede yi wo ayɛ wɔ bagua mu no fi wo; \q2 medi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wosuro wo no anim. \q1 \v 26 Ahiafo bedidi na wɔamee; \q2 wɔn a wɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* beyi no ayɛ, \q2 mo koma nnya nkwa daa. \b \q1 \v 27 Asase ano nyinaa \q2 bɛkae akɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn, \q1 na amanaman no mmusua nyinaa \q2 bɛkotow nʼanim, \q1 \v 28 efisɛ tumi wɔ \nd Awurade\nd* \q2 na odi amanaman so hene. \b \q1 \v 29 Asase so adefo nyinaa bedidi na wɔasɔre no; \q2 wɔn a wɔkɔ dɔte mu nyinaa bebu nkotodwe nʼanim, \q2 wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu. \q1 \v 30 Nkyirimma nyinaa bɛsom no; \q2 wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso a edidi so. \q1 \v 31 Wɔbɛka ne trenee akyerɛ \q2 nnipa a wonnya nwoo wɔn \q2 efisɛ ɔno na wayɛ. \c 23 \cl Dwom 23 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* ne me hwɛfo, hwee renhia me. \q1 \v 2 Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; \q1 ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho, \q2 \v 3 odwudwo me kra. \q1 Ɔde me fa akwantrenee so, \q2 ne din nti. \q1 \v 4 Sɛ menam \q2 owu sum kabii mu mpo a, \q1 minsuro bɔne bi, \q2 efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ; \q1 wʼabaa ne wo pema \q2 na ɛkyekye me werɛ. \b \q1 \v 5 Woto me pon wɔ \q2 mʼatamfo anim. \q1 Wode ngo fɔw me tirim; \q2 me kuruwa yɛ ma bu so. \q1 \v 6 Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi \q2 me nkwanna nyinaa; \q1 na mɛtena \nd Awurade\nd* fi \q2 daa. \c 24 \cl Dwom 24 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ \nd Awurade\nd* de; \q2 wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no; \q1 \v 2 efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po so \q2 na ɔde sii nsu ani. \b \q1 \v 3 Hena na obetumi aforo \nd Awurade\nd* bepɔw no? \q2 Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ? \q1 \v 4 Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew, \q2 nea ne kra nni ahoni akyi \q2 na ɔnka ntamhunu. \b \q1 \v 5 Obenya \nd Awurade\nd* nsam nhyira \q2 ne bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn. \q1 \v 6 Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* no te \q2 wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn. \b \q1 \v 7 Mo aponkɛse, momma mo ti so; \q2 wɔmma mo so, mo tete apon, \q2 na Anuonyam Hene nhyɛn mu. \q1 \v 8 Hena ne saa Anuonyam Hene yi? \q2 Ɔno ne \nd Awurade\nd* hoɔdenfo ne otumfo no \q2 \nd Awurade\nd* a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo. \q1 \v 9 Momma mo ti so, mo aponkɛse \q2 momma wɔn so, mo tete apon, \q2 na anuonyam Hene no nkɔ mu. \q1 \v 10 Hena ne saa anuonyam Hene yi? \q2 Asafo \nd Awurade\nd* no, \q2 ɔno ne anuonyam Hene no. \c 25 \cl Dwom 25 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn, wo mu na mede me werɛ hyɛ. \q2 \v 2 Wo so, me Nyankopɔn, na mede me ho to, \q1 mma mʼanim ngu ase, \q2 na mma mʼatamfo nso nni me so nkonim. \q1 \v 3 Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara \q2 anim rengu ase da, \q1 mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye kwa no \q2 anim begu ase. \b \q1 \v 4 Kyerɛ me wʼakwan, \nd Awurade\nd*, \q2 na minhu wʼatempɔn. \q1 \v 5 Fa wo nokware no so kyerɛkyerɛ me, \q2 efisɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefo, \q2 na mʼani da wo so daa nyinaa. \q1 \v 6 Kae, \nd Awurade\nd*, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛse \q2 a ɛwɔ hɔ fi tete no. \q1 \v 7 Nkae me mmabun bere mu bɔne \q2 ne mʼatuatew akwan; \q1 kae me sɛnea wʼadɔe te, \q2 \nd Awurade\nd*, efisɛ wuye. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* ye na ɔteɛ; \q2 enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo nʼakwan. \q1 \v 9 Ɔde ahobrɛasefo fa ɔkwan pa so \q2 na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛde. \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokwaredi \q2 ma wɔn a wodi nʼapam mu ahyɛde so. \q1 \v 11 \nd Awurade\nd*, me bɔne so de, \q2 nanso wo din nti, fa kyɛ me. \b \q1 \v 12 Enti hena ne onipa a osuro \nd Awurade\nd*? \q2 Ɔbɛkyerɛ no ɔkwan a wabɔ ama no. \q1 \v 13 Obedi yiye wɔ ne nkwanna mu, \q2 na nʼasefo afa asase no sɛ wɔn agyapade. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wosuro no; \q2 na ɔma wohu nʼapam. \q1 \v 15 Mʼani da \nd Awurade\nd* so daa, \q2 efisɛ ɔno nko ara na obeyi mʼanan afi afiri mu. \b \q1 \v 16 Dan wʼani hwɛ me, na dom me, \q2 efisɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ. \q1 \v 17 Me koma mu dadwen adɔɔso; \q2 yi me dadwen fi me so. \q1 \v 18 Hwɛ me haw ne mʼahohiahia \q2 na yi me bɔne nyinaa fi me so. \q1 \v 19 Hwɛ sɛnea mʼatamfo adɔɔso \q2 ne ɔtan kɛse a wɔde tan me! \q1 \v 20 Bɔ me nkwa ho ban na gye me; \q2 mma mʼanim ngu ase, \q2 efisɛ me guankɔbea ne wo. \q1 \v 21 Ma trenee ne nokware mmɔ me ho ban, \q2 efisɛ mʼani da wo so. \b \q1 \v 22 Gye Israel, Onyankopɔn, \q2 fi wɔn haw nyinaa mu. \c 26 \cl Dwom 26 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Bu me bem, \nd Awurade\nd*, \q2 efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: \q1 mede me ho too \nd Awurade\nd* so \q2 na manhinhim. \q1 \v 2 Sɔ me hwɛ, \nd Awurade\nd*, \q2 hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu. \q1 \v 3 Wʼadɔe wɔ mʼanim daa \q2 na mɛnantew wo nokware mu. \b \q1 \v 4 Me ne nnaadaafo ntena \q2 na me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ. \q1 \v 5 Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔ \q2 na mempɛ sɛ me ne amumɔyɛfo tena. \q1 \v 6 Mehohoro me nsa wɔ bembu mu, \q2 na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, \nd Awurade\nd*, \q1 \v 7 na mepae mu ka wʼayeyi \q2 na meka wʼanwonwade nyinaa. \b \q1 \v 8 Mʼani gye ofi a wote mu ho, \nd Awurade\nd*, \q2 faako a wʼanuonyam wɔ no. \q1 \v 9 Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ, \q2 ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho, \q1 \v 10 wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam \q2 na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma. \b \q1 \v 11 Nanso mebɔ ɔbra a ho tew; \q2 hu me mmɔbɔ na gye me nkwa. \b \q1 \v 12 Mʼanan sisi asase tamaa so; \q2 na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo \nd Awurade\nd*. \c 27 \cl Dwom 27 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* ne me hann ne me nkwagye; \q2 hena na minsuro no? \q1 \nd Awurade\nd* ne me nkwa ahoɔden, \q2 na hena anim na me ho mpopo? \b \q1 \v 2 Sɛ nnipa bɔne bɔ toa me \q2 pɛ sɛ wokum me, \q1 sɛ mʼatamfo tow hyɛ me so a, \q2 wobehintihintiw ahwehwe ase. \q1 \v 3 Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a, \q2 me koma rentu; \q1 mpo sɛ wotu me so sa a, \q2 ɛno mu koraa na minya awerehyɛmu. \b \q1 \v 4 Ade baako na mibisa \nd Awurade\nd*; \q2 na ɛno na mehwehwɛ; \q1 sɛ mɛtena \nd Awurade\nd* fi \q2 me nkwanna nyinaa, \q1 na mahwɛ \nd Awurade\nd* ahoɔfɛ \q2 na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefi. \q1 \v 5 Hiada mu no, \q2 ɔde me besie nʼatenae dwoodwoo; \q1 ɔbɛkora me wɔ Ahyiae Ntamadan kronkron mu \q2 ɔde me si ɔbotan so wɔ sorosoro. \b \q1 \v 6 Afei ɔbɛma me ti so \q2 wɔ atamfo a wɔatwa me ho ahyia no so; \q1 mede anigye bɛbɔ afɔre wɔ nʼAhyiae Ntamadan mu; \q2 na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd*, sɛ misu frɛ wo a, tie me! \q2 Hu me mmɔbɔ na gye me so! \q1 \v 8 Me koma ka wɔ wo ho se, “Hwehwɛ nʼanim!” \q2 Wʼanim, \nd Awurade\nd* na mɛhwehwɛ. \q1 \v 9 Mfa wʼanim nhintaw me, \q2 mfa abufuw mpam wo somfo \q2 me boafo ne wo. \q1 Mpo me, na nnyaw me, \q2 mʼAgyenkwa Nyankopɔn. \q1 \v 10 Mʼagya ne me na begyaw me hɔ de, \q2 nanso \nd Awurade\nd* begye me. \q1 \v 11 Kyerɛ me wʼakwan, \nd Awurade\nd*; \q2 fa me fa ɔkwan tee so, \q2 me nhyɛsofo nti. \q1 \v 12 Nnyaa me mma sɛnea mʼatamfo pɛ, \q2 nnansekurumfo sɔre tia me \q2 na wopuw awurukasɛm. \b \q1 \v 13 Meda so wɔ saa anidaso yi sɛ: \q2 mehu \nd Awurade\nd* ayamye \q2 wɔ ateasefo asase so. \q1 \v 14 Twɛn \nd Awurade\nd*. \q2 Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru \q2 na twɛn \nd Awurade\nd*. \c 28 \cl Dwom 28 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Wo na misu frɛ wo, \q2 \nd Awurade\nd* me Botan; \q2 nsiw wʼaso wɔ me ho. \q1 Sɛ woyɛ komm a, \q2 mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. \q1 \v 2 Tie me mmɔborɔsu \q2 bere a mefrɛ wo apɛ mmoa, \q1 bere a mema me nsa so \q2 kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ. \b \q1 \v 3 Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ, \q2 mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho. \q1 Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ, \q2 nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu. \q1 \v 4 Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so; \q2 wɔn adwuma bɔne no so; \q1 tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka \q2 na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so. \b \q1 \v 5 Sɛ wommu nea \nd Awurade\nd* ayɛ \q2 ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti \q1 ɔbɛbrɛ wɔn ase \q2 na ɔremma wɔnnsɔre bio. \b \q1 \v 6 Ayeyi nka \nd Awurade\nd*, \q2 efisɛ watie me mmɔborɔsu. \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* ne mʼahoɔden ne me nkatabo \q2 me koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me. \q1 Me koma di ahurusi \q2 na mede dwonto bɛda no ase. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo; \q2 ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo. \q1 \v 9 Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade; \q2 yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ. \c 29 \cl Dwom 29 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Momfa mma \nd Awurade\nd* no, mo ɔsoro abɔde, \q2 momfa anuonyam ne tumi mma \nd Awurade\nd*. \q1 \v 2 Momfa anuonyam a ɛfata \nd Awurade\nd* din mma no; \q2 monsɔre \nd Awurade\nd* wɔ nʼanuonyam kronkron mu. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* nne wɔ nsu no so; \q2 anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu, \q1 \nd Awurade\nd* bobɔ mu wɔ nsu akɛse so. \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* nne mu wɔ tumi; \q2 \nd Awurade\nd* nne mu wɔ anuonyam. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* nne bubu sida; \q2 \nd Awurade\nd* nne bubu Lebanon sida mu nketenkete \q1 \v 6 Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba, \q2 na Sirion nso sɛ ɛko ba. \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* nne pa ma anyinam gya dɛw. \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* nne wosow sare so; \q2 \nd Awurade\nd* wosow Kades sare. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* nne kyinkyim adum \q2 na ɛma kwae yɛ kwaterekwa. \q1 Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se, \q2 “Anuonyam nka Onyankopɔn!” \b \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* di hene wɔ nsuyiri so; \q2 wɔasi \nd Awurade\nd* hene afebɔɔ. \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* ma ne nkurɔfo ahoɔden, \q2 na ɔde asomdwoe hyira wɔn. \d Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano. \c 30 \cl Dwom 30 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Mɛma wo so, \nd Awurade\nd*, \q2 efisɛ, woayi me afi bun mu \q2 na woamma mʼatamfo anserew me. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo sɛ boa me \q2 na wosaa me yare. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd*, wuyii me fii ɔda mu; \q2 wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amoa mu. \q1 \v 4 Monto ayeyi nnwom mma \nd Awurade\nd*; \q2 mo a moyɛ nʼahotewfo! \q1 Monkamfo ne din kronkron no. \q1 \v 5 Nʼabufuw nkyɛ, \q2 na nʼadɔe wɔ hɔ daa; \q1 agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo, \q2 nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa. \q1 \v 6 Metee nka sɛ mewɔ bammɔ no, mekae se, \q2 “Merenhinhim da.” \q1 \v 7 \nd Awurade\nd*, woyɛɛ me adom no \q2 womaa me bepɔw gyinaa pintinn \q1 na wode wʼanim hintaw me no, \q2 me koma tui. \b \q1 \v 8 Wo, \nd Awurade\nd* na mefrɛɛ wo; \q2 wo hɔ na misu mesrɛɛ mmɔborɔhunu se: \q1 \v 9 “Mfaso bɛn na ɛwɔ me sɛe so, \q2 sɛ mɛkɔ amoa mu? \q1 Mfutuma beyi wo ayɛ ana? \q2 Ɛbɛpae mu aka wo nokwaredi ana? \q1 \v 10 Tie me, \nd Awurade\nd*, na hu me mmɔbɔ! \q2 \nd Awurade\nd*, yɛ me boafo.” \b \q1 \v 11 Wodan mʼagyaadwotwa yɛɛ no asaw; \q2 wuyii mʼatweaatam fii me ho \q2 na wode anigye furaa me, \q1 \v 12 sɛ me koma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm. \q2 \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn, meyi wo ayɛ daa. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 31 \cl Dwom 31 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Wo mu, \nd Awurade\nd* na manya guankɔbea; \q2 mma mʼanim ngu ase; \q2 fi wo trenee mu gye me. \q1 \v 2 Yɛ aso ma me, \q2 bra ntɛm begye me; \q1 yɛ me bammɔ botan, \q2 aban a mʼatamfo nsa renka me. \q1 \v 3 Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban nti, \q2 wo din nti di mʼanim na kyerɛ me kwan. \q1 \v 4 Gye me fi afiri a wɔasum me no mu, \q2 efisɛ wo ne me guankɔbea. \q1 \v 5 Wo nsam na mede me kra hyɛ; \q2 gye me bio, \nd Awurade\nd*, Onyankopɔn nokwafo. \b \q1 \v 6 Mikyi wɔn a wɔsom abosom huhuw; \q2 mede me ho to \nd Awurade\nd* so. \q1 \v 7 Mʼani begye na madi ahurusi wɔ wo dɔ mu, \q2 efisɛ wuhu mʼamanehunu, \q2 na wunim me kra mu haw. \q1 \v 8 Womfaa me nhyɛɛ ɔtamfo no nsa \q2 mmom wode me nan asisi petee mu. \b \q1 \v 9 Hu me mmɔbɔ, \nd Awurade\nd*, efisɛ me ho yeraw me; \q2 awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu \q2 ɔyaw ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛw. \q1 \v 10 Ɔyawdi retew me nkwa so, \q2 na abooboo tew me mfe so; \q1 ɔhaw nti mʼahoɔden kɔ fam, \q2 na me nnompe nso ahodwow. \q1 \v 11 Mʼatamfo nyinaa nti, \q2 mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; \q1 nnipa a wonim me suro me, \q2 na wɔn a wohu me mmɔnten so guan. \q1 \v 12 Obiara werɛ afi me te sɛ nea mawu; \q2 mayɛ sɛ kuku a abɔ. \q1 \v 13 Mete asomsɛm dodow a wɔka \q2 ahunahuna atwa me ho ahyia. \q1 Wɔrepam me ti so, \q2 na wɔbɔ pɔw sɛ wobekum me. \b \q1 \v 14 Nanso mede me ho ato wo so, \nd Awurade\nd*; \q2 meka se, “Woyɛ me Nyankopɔn.” \q1 \v 15 Me mmere wɔ wo nsam \q2 gye me fi mʼatamfo \q2 ne wɔn a wɔtaa me no nsam. \q1 \v 16 Tew wʼanim kyerɛ wo somfo; \q2 gye me wɔ wo dɔ a enni huammɔ no mu. \q1 \v 17 Mma mʼanim ngu ase, \nd Awurade\nd*, \q2 efisɛ masu afrɛ wo; \q1 mmom, ma amumɔyɛfo anim ngu ase \q2 na wɔnna wɔn nna mu komm. \q1 \v 18 Mua atorofo ano, \q2 efisɛ wɔde ahantan ne animtiaabu \q2 kasa tia atreneefo. \b \q1 \v 19 Wo papayɛ dɔɔso, \q2 ɛno na woakora ama wɔn a wosuro wo no \q1 ɛno na wode ma wɔn a woguan toa wo no \q2 wɔ nnipa anim. \q1 \v 20 Wode wɔn sie wʼanim bammɔ mu \q2 fi nnipa nsusuwii bɔne ho; \q1 wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo \q2 fi tɛkrɛma a ɛbɔ sobo ho. \b \q1 \v 21 Ayeyi nka \nd Awurade\nd*! \q2 Sɛ wayi ne dɔ nwonwaso akyerɛ me \q2 bere a na mewɔ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia no mu no. \q1 \v 22 Mebɔɔ huboa no mekae se: \q2 “Woayi wʼani afi me so!” \q1 Nanso wotee me mmɔborɔsu \q2 bere a mekotow srɛɛ wo no. \b \q1 \v 23 Monnɔ \nd Awurade\nd* mo a moyɛ nʼahotewfo nyinaa! \q2 \nd Awurade\nd* kora wɔn a wodi nokware so, \q2 na ahomasofo de, otua wɔn ka pɛpɛɛpɛ. \q1 \v 24 Monyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam, \q2 mo a mowɔ anidaso wɔ \nd Awurade\nd* mu nyinaa. \c 32 \cl Dwom 32 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Nhyira ne wɔn a \q2 wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn, \q2 na wɔakata wɔn bɔne so. \q1 \v 2 Nhyira nka onipa a \q2 \nd Awurade\nd* mmu ne bɔne ngu no so \q2 na nnaadaa nni ne honhom mu. \b \q1 \v 3 Bere a meyɛɛ komm no, \q2 me nnompe yɛɛ mmrɛw, \q2 apini a misii no da mu nyinaa nti. \q1 \v 4 Awia ne anadwo \q2 wo nsa yɛɛ den wɔ me so; \q1 mʼahoɔden sae \q2 te sɛ awia bere mu ɔhyew. \q1 \v 5 Afei, migyee me bɔne too mu. \q2 Mankata mʼamumɔyɛ so. \q1 Mekae se, “Mɛka \q2 me bɔne akyerɛ \nd Awurade\nd*,” \q2 na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me. \b \q1 \v 6 Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae \q2 bere a wohu wo; \q1 ampa ara sɛ asu akɛse yiri a, \q2 ɛrenka no. \q1 \v 7 Wone me hintabea; \q2 wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu \q2 na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia. \b \q1 \v 8 Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so \q2 metu wo fo na mahwɛ wo so. \q1 \v 9 Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a \q2 onni ntease nti \q1 wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no, \q2 sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn. \q1 \v 10 Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso, \q2 nanso \nd Awurade\nd* adɔe a ɛnsa da no \q2 twa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia. \b \q1 \v 11 Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ \nd Awurade\nd* mu, mo atreneefo; \q2 monto dwom, mo a mo koma mu tew. \c 33 \cl Dwom 33 \q1 \v 1 Momfa ahurusi nto dwom mma \nd Awurade\nd*, mo atreneefo, \q2 ɛfata sɛ wɔn a wɔteɛ no yi no ayɛ. \q1 \v 2 Momfa sanku nkamfo \nd Awurade\nd*; \q2 monto dwom mma no wɔ sankuten so. \q1 \v 3 Monto dwom foforo mma no. \q2 Momfa nimdeɛ mmɔ sanku no na monteɛ mu ahurusi so! \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* asɛm teɛ na ɛyɛ nokware \q2 odi nokware wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* dɔ treneeyɛ ne atɛntrenee. \q2 Nʼadɔe a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma. \b \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, \q2 nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo. \q1 \v 7 Ɔka po nsu boa ano kuw; \q2 na ɔde bun sie nea hɔ dɔ. \q1 \v 8 Momma asase sofo nyinaa nsuro \nd Awurade\nd*; \q2 na wiasefo nyinaa mfa nidi mma no. \q1 \v 9 Ɔno na ɔkasa ma ɛbaa mu \q2 na ɔhyɛ ma egyinaa pintinn. \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* sɛe amanaman no nhyehyɛe; \q2 ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa. \q1 \v 11 Nanso \nd Awurade\nd* nhyehyɛe tim hɔ daa, \q2 ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso. \b \q1 \v 12 Nhyira ne ɔman a ne Nyankopɔn ne \nd Awurade\nd*, \q2 nnipa a oyii wɔn sɛ nʼagyapade no. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* hwɛ adesamma nyinaa fi ɔsoro. \q1 \v 14 Ofi nʼatenae hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa. \q1 \v 15 Ɔno ne nea ɔbɔɔ wɔn nyinaa koma, \q2 na osusuw nea wɔyɛ nyinaa ho. \q1 \v 16 Ɛnyɛ ɔhene asraafo dɔm kɛse na ebegye no; \q1 ɔkofo biara nni hɔ a ofi nʼahoɔden mu guan. \q1 \v 17 Ɔpɔnkɔ mu ahotoso yɛ ɔkwa wɔ nkwagye mu; \q2 nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa. \q1 \v 18 Nanso \nd Awurade\nd* ani wɔ wɔn a wosuro no no so, \q2 wɔn a wɔwɔ anidaso wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu, \q1 \v 19 sɛ obegye wɔn afi owu mu \q2 na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɔkɔm bere mu. \b \q1 \v 20 Yɛde anidaso twɛn \nd Awurade\nd*; \q2 ɔyɛ yɛn boafo ne yɛn nkatabo. \q1 \v 21 Ne mu na yɛn koma di ahurusi, \q2 efisɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so. \q1 \v 22 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no ntena yɛn so, \nd Awurade\nd*, \q2 sɛnea anidaso a yɛwɔ wɔ mu no te. \c 34 \cl Dwom 34 \d Dawid dwom a ɔtoo bere a ɔboapa dan ɔbɔdamfo wɔ Abimelek anim no na ɔpanyin no gyaa no ma ɔkɔe no akyi. \q1 \v 1 Mede aseda bɛma \nd Awurade\nd* bere nyinaa; \q2 nʼayeyi wɔ mʼanom daa. \q1 \v 2 Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ \nd Awurade\nd* mu; \q2 ma amanehunufo nte na wonni ahurusi. \q1 \v 3 Mo ne me nkamfo \nd Awurade\nd*; \q2 momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din! \b \q1 \v 4 Mefrɛɛ \nd Awurade\nd* na ogyee me so; \q2 na ogyee me wɔ nea misuro nyinaa mu. \q1 \v 5 Wɔn a wɔhwɛ nʼanim no hyerɛn \q2 na wɔn anim rengu ase da. \q1 \v 6 Ohiani yi frɛe, na \nd Awurade\nd* tiee no; \q2 na ogyee no fii nʼahohia nyinaa mu. \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* bɔfo wɛn wɔn a wosuro no, \q2 na ogye wɔn. \b \q1 \v 8 Monka nhwɛ na munhu sɛ \nd Awurade\nd* ye. \q2 Nhyira ne onipa a oguan toa no. \q1 \v 9 Munsuro \nd Awurade\nd*, mo a moyɛ nʼahotefo, \q2 na wɔn a wosuro no no nhia hwee. \q1 \v 10 Gyata yɛ mmerɛw na ɔkɔm de wɔn, \q2 nanso wɔn a wɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* no, ade pa biara remmɔ wɔn. \b \q1 \v 11 Mommra, me mma, monyɛ aso mma me; \q2 mɛkyerɛkyerɛ mo \nd Awurade\nd* ho suro. \q1 \v 12 Mo mu hena na ɔpɛ nkwa \q2 na ɔpɛ sɛ ohu nna pa bebree? \q1 \v 13 Ɛne ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa. \q1 \v 14 Twe wo ho fi bɔne ho, na yɛ papa; \q2 hwehwɛ asomdwoe na tiw no. \b \q1 \v 15 \nd Awurade\nd* ani wɔ atreneefo so \q2 na otie wɔn mpaebɔ; \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne, \q2 sɛ obeyi wɔn nkae afi asase yi so. \b \q1 \v 17 Atreneefo teɛ mu su, na \nd Awurade\nd* tie wɔn; \q2 oyi wɔn fi wɔn haw nyinaa mu. \q1 \v 18 \nd Awurade\nd* bɛn wɔn a wɔn koma abotow \q2 na ogye wɔn a wɔadwerɛw wɔn wɔ honhom mu no nkwa. \b \q1 \v 19 Onipa trenee behu amane bebree \q2 nanso \nd Awurade\nd* gye no fi ne nyinaa mu; \q1 \v 20 ɔbɔ ne nnompe nyinaa ho ban, \q2 sɛnea mu baako mpo mu remmu. \b \q1 \v 21 Bɔne bekum ɔdebɔneyɛni; \q2 ɔtreneeni atamfo benya afɔbu. \q1 \v 22 \nd Awurade\nd* gye nʼasomfo nkwa; \q2 wɔn a woguan toa no no mu biara renkɔ afɔbu mu. \c 35 \cl Dwom 35 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* wo ne wɔn a wɔne me di asi no nni asi; \q2 ko tia wɔn a wɔko tia me. \q1 \v 2 Fa wo nkatabo ne wʼakode; \q2 na sɔre bra bɛboa me. \q1 \v 3 Twe peaw ne abonnua \q2 wɔ wɔn a wɔtaa me no so. \q1 Ka kyerɛ me kra se, \q2 “Mene wʼagyenkwa.” \b \q1 \v 4 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no, \q2 ma wɔn anim ngu ase; \q1 wɔn a wɔbɔ me sɛe ho pɔw no, \q2 ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi. \q1 \v 5 Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu \q2 wɔn a \nd Awurade\nd* bɔfo repam wɔn no. \q1 \v 6 Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso ɛnyɛ toro, \q2 na \nd Awurade\nd* bɔfo ntaa wɔn. \q1 \v 7 Esiane sɛ wɔde ɔtan sum me afiri kwa, \q2 na wotuu amoa maa me a menyɛɛ wɔn hwee no nti \q1 \v 8 ma ɔsɛe mmefu wɔn mu \q2 na ɔtan no a wɔde hintaw no nyi wɔn, \q2 na ma wɔnhwe amoa no mu nsɛe. \q1 \v 9 Afei me kra ani begye wɔ \nd Awurade\nd* mu \q2 na wasɛpɛw ne ho wɔ ne nkwagye mu. \q1 \v 10 Me nipadua nyinaa bɛteɛ mu aka se, \q2 “Hena na ɔte sɛ wo, \nd Awurade\nd*? \q1 Wugye ohiani fi ahoɔdenfo nsam, \q2 ne nea onni bi fi apoobɔfo nsam.” \b \q1 \v 11 Adansekurumfo sɔre; \q2 wobisa me nneɛma a minnim ho hwee ho asɛm. \q1 \v 12 Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka \q2 na wɔma me kra yɛ basaa. \q1 \v 13 Nanso bere a wɔyaree no, mifuraa atweaatam \q2 na mede akɔnkyen brɛɛ me ho ase. \q1 Bere a me mpaebɔ ho mmuae nnya mmae no, \q2 \v 14 mekɔɔ so twaa adwo, \q2 sɛnea meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. \q1 Mede awerɛhow sii me ti ase \q2 te sɛ nea meregyam me na. \q1 \v 15 Nanso bere a mihintiw no wɔde anigye boaa wɔn ho ano; \q2 afowfo twaa me ho hyiae a minnim, \q2 na wodii me ho nseku a wɔantwa so da. \q1 \v 16 Wɔde adwemmɔne dii me ho fɛw te sɛ nnipa a wonni nyamesu, \q2 wɔtwɛree wɔn se guu me so. \q1 \v 17 \nd Awurade\nd*, wobɛhwɛ wɔn akosi da bɛn? \q2 Gye me nkwa fi wɔn sɛe mu, \q2 gye me nkwa a ɛsom bo no fi saa gyata yi nsam. \q1 \v 18 Na mɛda wo ase wɔ guabɔ kɛse ase; \q2 wɔ nnipa dodow mu na mɛkamfo wo. \b \q1 \v 19 Mma mʼatamfo a wɔtan me kwa no \q2 nhwɛ me haw nserew. \q1 Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nanso wɔtan me no \q2 mmfa adwene bɔne mmu me anikyiw. \q1 \v 20 Wɔnnkasa asomdwoe so, \q2 na mmom, wɔde ntwatoso \q2 tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm wɔ asase yi so. \q1 \v 21 Wɔhwɛ me haw ka se, “Yiw! Yiw, \q2 yɛde yɛn ankasa ani ahu.” \b \q1 \v 22 \nd Awurade\nd*, woahu na mmua wʼano. \q2 Ntwe wo ho nkɔ akyiri, Awurade. \q1 \v 23 Nyan, sɔre na bɛbɔ me ho ban! \q2 Ka bi ma me, me Nyankopɔn ne mʼAwurade. \q1 \v 24 Di mʼasɛm ma me wɔ wo trenee no mu, \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn; \q2 mma wɔnnhwɛ me haw nserew. \q1 \v 25 Mma wɔnnwene nka se, “Yiw, nea yɛpɛ ni!” \q2 anaa wɔnnka se, “Yɛanya no.” \b \q1 \v 26 Ma wɔn a wɔhwɛ me haw serew me wɔ mʼahohiahia mu no \q2 nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; \q1 ma wɔn a wodi me so akokurokosɛm no \q2 nhyɛ aniwu ne animguase atade. \q1 \v 27 Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ me bembu ho no \q2 mfa anigye ne ahosɛpɛw nteɛ mu \q1 bere nyinaa mu; ma wɔnka se, “Momma \nd Awurade\nd* so, \q2 ɔno na nʼani gye ne somfo yiyedi ho.” \q1 \v 28 Me tɛkrɛma bɛka wo trenee, \q2 ne wʼayeyi, da mu nyinaa. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 36 \cl Dwom 36 \d \nd Awurade\nd* somfo Dawid dwom. \q1 \v 1 Nkɔmhyɛ bi wɔ me koma mu a efi Onyankopɔn hɔ \q2 a ɛfa omumɔyɛfo mmarato ho. \q1 Onyankopɔn suro nni wɔn ani so. \q1 \v 2 Na ɔno ankasa ani so no ɔdaadaa no ho dodo, \q2 nti ɛmma onhu ne bɔne nnyae yɛ. \q1 \v 3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimɔden ne nnaadaa; \q2 onnim nyansa bio na wayɛ papa. \q1 \v 4 Ɔda ne mpa so mpo a ɔbɔ pɔw bɔne; \q2 na ogyaa ne ho ma bɔne kwan \q2 na ɔmpo nea enye. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, wʼadɔe du ɔsorosoro \q2 wo nokwaredi du wim tɔnn. \q1 \v 6 Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse. \q2 Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ po bun. \q1 Ao \nd Awurade\nd*, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so. \q2 \v 7 Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo! \q1 Nnipa mu akɛse ne nketewa \q2 nya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase. \q1 \v 8 Wodi nea abu so wɔ wo fi, \q2 woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu. \q1 \v 9 Wo nkyɛn na nkwa asuti wɔ; \q2 wo hann mu na yehu hann. \b \q1 \v 10 Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo, \q2 ma wo trenee ntena wɔn a wɔteɛ, koma mu. \q1 \v 11 Mma ɔhantanni nan ntia me \q2 anaa omumɔyɛfo nsa nnsunsum me. \q1 \v 12 Hwɛ sɛnea nnebɔneyɛfo ahwehwe ase, \q2 wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio. \c 37 \cl Dwom 37 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti; \q2 mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne; \q1 \v 2 Wɔte sɛ sare, ɛrenkyɛ na ahyew, \q2 wɔte sɛ dua amono, ɛrenkyɛ na awu. \b \q1 \v 3 Fa wo ho to \nd Awurade\nd* so na yɛ papa. \q2 Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea hɔ. \q1 \v 4 Ma wʼani nnye wɔ \nd Awurade\nd* mu \q2 na wama wo nea wo koma pɛ. \b \q1 \v 5 Fa wʼakwan hyɛ \nd Awurade\nd* nsam; \q2 na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ: \q1 \v 6 ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyee, \q2 na wʼatɛntrenee ayɛ sɛ owigyinae. \b \q1 \v 7 Yɛ komm wɔ \nd Awurade\nd* anim na tɔ wo bo ase twɛn no, \q2 nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye ho \q2 efisɛ wɔnam bɔne akwan so. \b \q1 \v 8 Mma wo bo mmfuw na gyae abufuwhyew; \q2 nhaw wo ho, ekowie bɔne nko ara. \q1 \v 9 Wobetwa nnebɔneyɛfo agu, \q2 nanso wɔn a wɔn ani da \nd Awurade\nd* so no \q2 wobenya asase no adi so. \b \q1 \v 10 Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera. \q2 Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn. \q1 \v 11 Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi so \q2 na wɔanya asomdwoe mmoroso. \q1 \v 12 Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefo \q2 na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so; \q1 \v 13 nanso \nd Awurade\nd* serew amumɔyɛfo, \q2 na onim sɛ wɔn nna abɛn. \b \q1 \v 14 Amumɔyɛfo twe afoa \q2 na wokuntun wɔn ta mu \q1 sɛ wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo, \q2 sɛ wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ. \q1 \v 15 Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu, \q2 na wɔn ta mu abubu. \b \q1 \v 16 Kakra a atreneefo wɔ no som bo \q2 sen amumɔyɛfo bebree ahonya; \q1 \v 17 efisɛ amumɔyɛfo ahoɔden bɛsa \q2 nanso \nd Awurade\nd* bɛwowaw atreneefo. \b \q1 \v 18 \nd Awurade\nd* nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna, \q2 na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa. \b \q1 \v 19 Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ. \q2 Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so. \q1 \v 20 Nanso amumɔyɛfo bɛyera. \q2 \nd Awurade\nd* atamfo bɛyɛ sɛ nwura mu nhwiren; \q2 wobetu ayera sɛ wusiw. \q1 \v 21 Amumɔyɛfo pɛ bosea, na wontua, \q2 nanso ɔtreneeni de ahummɔbɔ ma; \q1 \v 22 Wɔn a \nd Awurade\nd* ahyira wɔn no benya asase no adi so, \q2 na wobetwa wɔn a ɔdome wɔn no agu. \b \q1 \v 23 Sɛ \nd Awurade\nd* ani sɔ onipa akwan a, \q2 ɔma nʼanammɔntu si pi. \q1 \v 24 Sɛ ohintiw a ɔrenhwe ase, \q2 efisɛ \nd Awurade\nd* kura no wɔ ne nsam. \b \q1 \v 25 Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa, \q2 na minhuu ɔtreneeni a \nd Awurade\nd* apa nʼakyi \q2 anaasɛ ne mma resrɛ aduan. \q1 \v 26 Bere biara ɔyɛ adɔe, na ɔde fɛm kwa; \q2 na ne mma benya nhyira. \b \q1 \v 27 Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa \q2 na wobɛtena asase no so afebɔɔ. \q1 \v 28 Efisɛ, \nd Awurade\nd* pɛ nea ɛteɛ, \q2 na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no. \b \q1 Wobenya bammɔ daa nyinaa. \q2 Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu. \q1 \v 29 Atreneefo benya asase no adi so \q2 na wɔatena so afebɔɔ. \b \q1 \v 30 Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm, \q2 na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ. \q1 \v 31 Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu; \q1 wɔn anan nwatiri. \b \q1 \v 32 Amumɔyɛfo tetɛw atreneefo \q2 hwehwɛ sɛ wobekum wɔn, \q1 \v 33 nanso \nd Awurade\nd* nnyaa wɔn mma wɔn, \q2 na ɔremma wommu wɔn kumfɔ wɔ asennii. \q1 \v 34 Montwɛn \nd Awurade\nd* \q2 na monhwɛ nʼakwan. \q1 Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so; \q2 sɛ wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu. \b \q1 \v 35 Mahu omumɔyɛfo a ɔyɛ basabasa \q2 sɛ ɔredi yiye sɛ dua amono a esi asase pa so, \q1 \v 36 nanso ankyɛ na nʼawiei bae a wonhu no bio; \q2 mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. \b \q1 \v 37 Susuw nea ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ nea ɔteɛ; \q2 na asomdwoe nipa benya asetena pa daakye. \q1 \v 38 Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa; \q2 na wɔbɛtɔre wɔn asefo ase. \b \q1 \v 39 Atreneefo nkwagye fi \nd Awurade\nd* \q2 ɔne wɔn aban wɔ amanehunu bere mu. \q1 \v 40 \nd Awurade\nd* boa wɔn na ogye wɔn; \q2 oyi wɔn fi amumɔyɛfo nsam, na ogye wɔn nkwa, \q2 efisɛ wohintaw wɔ ne mu. \c 38 \cl Dwom 38 \d Dawid dwom. Adesrɛ. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu \q2 na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu. \q1 \v 2 Wo bɛmma hwirew me mu, \q2 na wo nsa adwerɛw me. \q1 \v 3 Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu; \q2 me bɔne nti, me nnompe ahodwow. \q1 \v 4 Mʼafɔdi amene me \q2 te sɛ adesoa a mu yɛ duru dodo. \q1 \v 5 Mʼakuru bɔn na aporɔw \q2 esiane me bɔne mu agyimisɛm nti. \q1 \v 6 Makotow na wɔabrɛ me ase; \q2 da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo. \q1 \v 7 Mʼakyi dompe mu yaw boro so: \q2 ahoɔden biara nni me nipadua mu. \q1 \v 8 Mabrɛ na mapɛtɛw koraa. \q2 Me koma mu yaw ma misi apini. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd*, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; \q2 mʼapinisi nhintaw wo. \q1 \v 10 Me koma bɔ kitirikitiri, na mʼahoɔden asa \q2 mpo mʼaniwa aduru sum. \q1 \v 11 Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me; \q2 mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho. \q1 \v 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri, \q2 wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ \q2 da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho. \b \q1 \v 13 Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm, \q2 mete sɛ mum a ontumi nkasa. \q1 \v 14 Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, \q2 nea nʼano ntumi mma mmuae. \q1 \v 15 \nd Awurade\nd*, meretwɛn wo; \q2 \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn, wubegye me so. \q1 \v 16 Mekae se, “Mma wɔn ani nnye; \q2 anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.” \b \q1 \v 17 Mereyɛ mahwe ase, \q2 na me yaw da so wɔ me mu. \q1 \v 18 Meka me mfomso kyerɛ; \q2 me bɔne hyɛ me so. \q1 \v 19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfo; \q2 wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso. \q1 \v 20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no, \q2 bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa. \b \q1 \v 21 \nd Awurade\nd* nnyaw me. \q2 Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri! \q1 \v 22 Bra ntɛm bɛboa me, \q2 \nd Awurade\nd*, mʼAgyenkwa. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Yedutun. \c 39 \cl Dwom 39 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Mekae se, “Mɛhwɛ mʼakwan yiye \q2 na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; \q1 mɛto mʼano nnareka \q2 bere a amumɔyɛfo bɛn me yi. \q1 \v 2 Enti meyɛɛ komm \q2 a manka asɛm papa biara mpo \q2 nanso mʼapinisi mu yɛɛ den. \q1 \v 3 Me koma ho guan no wɔ me mu. \q2 Midwinnwen no, ogya dɛwee; \q2 afei mede me tɛkrɛma kasae se: \b \q1 \v 4 “\nd Awurade\nd*, ma minhu me nkwa awiei \q2 ne me nna dodow; \q1 ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so. \q1 \v 5 Woayɛ me nna sɛ nsateaa baako pɛ; \q2 na me mfe dodow nyɛ hwee wɔ wʼani so. \q2 Onipa nkwa yɛ ɔhome bi kɛkɛ. \q1 \v 6 Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa; \q2 ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa; \q2 ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de. \b \q1 \v 7 “Afei \nd Awurade\nd*, dɛn na merehwehwɛ? \q2 Mʼanidaso wɔ wo mu. \q1 \v 8 Gye me fi me bɔne nyinaa mu; \q2 mma mennyɛ nkwaseafo aserewde. \q1 \v 9 Meyɛɛ komm, na mammue mʼano, \q2 efisɛ wo na woayɛ eyi. \q1 \v 10 Yi wʼasotwe fi me so; \q2 wo nsa ano amanehunu amene me. \q1 \v 11 Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; \q2 wosɛe wɔn ahonya te sɛ nwewee; \q2 onipa biara yɛ ɔhome kɛkɛ. \b \q1 \v 12 “\nd Awurade\nd*, tie me mpaebɔ, \q2 tie me sufrɛ; \q2 nsiw wʼaso wɔ me su ho. \q1 Me ne wo te hɔ sɛ ɔnanani, \q2 sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no. \q1 \v 13 Yi wʼani fi me so na manya nkwa bio, \q2 ansa na mafi ha a mente ase bio.” \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 40 \cl Dwom 40 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Mede boasetɔ twɛn \nd Awurade\nd*; \q2 na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ. \q1 \v 2 Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu, \q2 fii dɔte ne dontori mu; \q1 ɔde mʼanan sii ɔbotan so \q2 na ɔmaa me baabi pa gyinae. \q1 \v 3 Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom, \q2 ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn. \q1 Bebree behu na wɔasuro, \q2 na wɔde wɔn werɛ ahyɛ \nd Awurade\nd* mu. \b \q1 \v 4 Nhyira ne onipa a \q2 ɔde \nd Awurade\nd* yɛ nʼahotoso, \q1 nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so, \q2 ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn \q2 woayɛ anwonwade bebree. \q1 Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no \q2 obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; \q1 sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm a \q2 ɛbɛdɔɔso dodo. \b \q1 \v 6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, \q2 nanso woabue mʼaso; \q2 woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre. \q1 \v 7 Na mekae se, “Mini, maba, \q2 sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no. \q1 \v 8 Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde; \q2 wo mmara wɔ me koma mu.” \b \q1 \v 9 Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase; \q2 mimmua mʼano, \q2 \nd Awurade\nd*, sɛnea wunim no. \q1 \v 10 Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu; \q2 meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm. \q1 Mankata wʼadɔe ne wo nokware so \q2 wɔ guabɔ kɛse no ase. \q1 \v 11 \nd Awurade\nd*, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so; \q2 ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa. \q1 \v 12 Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; \q2 mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio. \q1 Ɛdɔɔso sen me ti so nwi, \q2 na me koma abotow wɔ me mu. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd*, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me; \q2 \nd Awurade\nd*, bra ntɛm bɛboa me. \q1 \v 14 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa, \q2 ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; \q1 ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe no \q2 mfa aniwu nsan wɔn akyi. \q1 \v 15 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no \q2 nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti. \q1 \v 16 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa \q2 nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; \q1 ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, \q2 “\nd Awurade\nd* yɛ ɔkɛse!” \b \q1 \v 17 Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; \q2 ma \nd Awurade\nd* nnwen me ho. \q1 Wo ne me boafo ne me gyefo; \q2 wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 41 \cl Dwom 41 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no; \q2 \nd Awurade\nd* gye no wɔ amanehunu bere mu. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra; \q2 obehyira no wɔ asase no so; \q2 ɔrennyaa no mma nʼatamfo apɛde. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* bɛhwɛ no wɔ ne yare mpa so \q2 na wagye no asi hɔ. \q1 \v 4 Mekae se, “Ao \nd Awurade\nd* hu me mmɔbɔ; \q2 sa me yare, efisɛ mayɛ bɔne atia wo.” \q1 \v 5 Mʼatamfo de adwene bɔne ka fa me ho se: \q2 “Da bɛn na obewu ama ne din ayera?” \q1 \v 6 Bere biara a obi ba me nkyɛn no, \q2 ɔka atosɛm, na ne koma hɔre dinsɛe; \q2 ofi adi kɔ a, ɔde kodi nseku. \q1 \v 7 Mʼatamfo nyinaa keka asomsɛm fa me ho; \q2 wosusuw bɔne ma me na wɔka se: \q1 \v 8 “Ɔyare bɔne bi abɔ no; \q2 ɔrensɔre mfi nea ɔda hɔ bio.” \q1 \v 9 Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too no so, \q2 nea me ne no too nsa didii no, \q2 asɔre atia me. \b \q1 \v 10 Nanso wo, \nd Awurade\nd*, hu me mmɔbɔ; \q2 ma me so, na mintua wɔn so ka. \q1 \v 11 Minim sɛ wʼani sɔ me, \q2 na me tamfo renni me so nkonim. \q1 \v 12 Me nokwaredi mu, wukura me mu \q2 na wode me gyina wʼanim afebɔɔ. \b \b \q1 \v 13 Nhyira nka \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, \q2 nnɛ ne daa nyinaa. \qc Amen! ne Amen! \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 42 \ms 1 NHOMA A ƐTO SO ABIEN \mr Nnwom 42–72 \cl Dwom 42 \d Koramma “maskil” dwom. \q1 \v 1 Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no, \q2 saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn. \q1 \v 2 Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no. \q2 Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn? \q1 \v 3 Me nisu ayɛ mʼaduan \q2 awia ne anadwo, \q1 na da mu nyinaa nnipa bisa me se: \q2 “Wo Nyankopɔn wɔ he?” \q1 \v 4 Saa nneɛma yi na mekae \q2 bere a mereka me koma mu nsɛm; \q1 sɛnea na midi asafokuw anim, \q2 na yɛde anigye nteɛteɛmu ne aseda nnwom \q1 nantew yuu bɔ mu kɔ Onyankopɔn fi \q2 wɔ afahyɛ da no. \b \q1 \v 5 Me kra, adɛn, na woabotow? \q2 Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? \q1 Fa wo ho to Onyankopɔn so, \q2 na mɛkɔ so ayi no ayɛ, \q2 mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn. \b \q1 \v 6 Me kra abotow wɔ me mu, \q2 enti mɛkae wo \q1 fi Yordan asase so, \q2 Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so. \q1 \v 7 Ebun kɔ bun mu \q2 wɔ wo nsu a ɛworo gu no nnyigyei mu; \q1 wʼasorɔkye nyinaa \q2 abu afa me so. \b \q1 \v 8 Adekyee mu, \nd Awurade\nd* kyerɛ nʼadɔe, \q2 adesae mu, ne dwom ba me nkyɛn, \q2 mpae a mebɔ srɛ me nkwa Nyankopɔn. \b \q1 \v 9 Mibisa Onyankopɔn, me Botan no se, \q2 “Adɛn nti na wo werɛ afi me? \q1 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo, \q2 mʼatamfo nhyɛso nti?” \q1 \v 10 Me nnompe te ɔdesani yawdi, \q2 mʼahohiahiafo ateetee nti, \q1 daa nyinaa wobisa me se, \q2 “Wo Nyankopɔn wɔ he?” \b \q1 \v 11 Me kra, adɛn, na woabotow? \q2 Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? \q1 Fa wo ho to Onyankopɔn so, \q2 na mɛkɔ so ayi no ayɛ, \q2 mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn. \c 43 \cl Dwom 43 \q1 \v 1 Me Nyankopɔn, bu me bem, \q2 na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me; \q2 gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam. \q1 \v 2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen. \q2 Adɛn nti na woapo me? \q1 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo \q2 mʼatamfo nhyɛso nti? \q1 \v 3 Soma wo hann ne wo nokware \q2 ma wɔnkyerɛ me kwan; \q1 ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so, \q2 faako a wote no. \q1 \v 4 Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim, \q2 mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn. \q1 Mede sanku beyi wo ayɛ, \q2 Onyankopɔn, me Nyankopɔn. \b \q1 \v 5 Me kra, adɛn, na woabotow? \q2 Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? \q1 Fa wo ho to Onyankopɔn so, \q2 na mɛkɔ so ayi no ayɛ, \q2 mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn. \d Dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 44 \cl Dwom 44 \d Koramma “maskil” dwom. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate; \q2 yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn; \q1 nea woyɛɛ wɔ wɔn bere so, \q2 wɔ tete mmere no mu. \q1 \v 2 Wode wo nsa pam amanaman no \q2 na wobɔɔ yɛn agyanom atenase; \q1 wodwerɛw nnipa no \q2 na womaa yɛn agyanom dii yiye. \q1 \v 3 Ɛnyɛ wɔn afoa na wɔde nyaa asase no, \q2 na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdi; \q1 ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, \q2 ne wʼanim hann, efisɛ na wodɔ wɔn. \b \q1 \v 4 Woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn, \q2 nea ɔhyɛ nkonimdi ma Yakob. \q1 \v 5 Ɛnam wo so na yɛpam yɛn Atamfo; \q2 wo din mu na yetiatia wɔn a wokyi yɛn no so. \q1 \v 6 Memmfa me ho nto mʼagyan so, \q2 mʼafoa remfa nkonimdi mmrɛ me; \q1 \v 7 na wo na woma yedi yɛn atamfo so \q2 wugu wɔn a wɔtan yɛn no anim ase. \q1 \v 8 Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa, \q2 na yɛbɛkamfo wo din no daa daa. \b \q1 \v 9 Nanso mprempren woapo yɛn abrɛ yɛn ase; \q2 wone yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio. \q1 \v 10 Woma yeguan fii dɔm anim, \q2 ma yɛn atamfo fom yɛn agyapade. \q1 \v 11 Wuyii yɛn maa sɛ wonkum yɛn sɛ nguan \q2 na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu. \q1 \v 12 Wotɔn wo nkurɔfo fofoofow, \q2 na woannya mfaso biara amfi mu. \b \q1 \v 13 Woayɛ yɛn ahohorade ama yɛn afipamfo, \q2 animtiaabude ne aserewde ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia. \q1 \v 14 Woayɛ yɛn kasabebui wɔ aman no mu \q2 na nnipa no wosow wɔn ti de gu yɛn so. \q1 \v 15 Mʼanimguase di mʼanim daa, \q2 na aniwu akata mʼanim, \q1 \v 16 esiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi, \q2 esiane ɔtamfo a nʼani abere sɛ ɔbɛtɔ were no nti. \b \q1 \v 17 Eyinom nyinaa too yɛn de, \q2 nanso yɛn werɛ mfii wo, \q2 na yemmuu wʼapam no nso so ɛ. \q1 \v 18 Yɛn koma ntwe mfii wo ho; \q2 na yɛn anan nso mman mfii wo kwan so ɛ. \q1 \v 19 Nanso wodwerɛw yɛn yɛɛ yɛn sakraman tu \q2 na wode sum kabii kataa yɛn so. \b \q1 \v 20 Sɛ na yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din \q2 anaa sɛ yɛatrɛw yɛn nsam akyerɛ ananafo nyame a, \q1 \v 21 anka Onyankopɔn behu, \q2 efisɛ onim koma mu ahintasɛm. \q1 \v 22 Nanso wo nti wokum yɛn daa nyinaa; \q2 wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn. \b \q1 \v 23 Nyan, \nd Awurade\nd*! Adɛn nti na woada? \q2 Keka wo ho! Nnyaw yɛn hɔ afebɔɔ. \q1 \v 24 Adɛn nti na wode wʼanim ahintaw \q2 na wo werɛ fi yɛn ahohia ne nhyɛso? \b \q1 \v 25 Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔte mu \q2 na yɛn nipadua aka afam dɔte. \q1 \v 26 Sɔre bɛboa yɛn; \q2 wʼadɔe a ɛnsa da no nti, gye yɛn. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “lilie” sanku dwontobea na ɛtoe. \c 45 \cl Dwom 45 \d Koramma dwom. Ayeforohyia dwom. \q1 \v 1 Botae bi a edi mu akanyan me koma \q2 bere a merebɔ ɔhene mmran no; \q2 me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua. \b \q1 \v 2 Wudi mu koraa wɔ mmarima mu \q2 na wɔde adom bi asra wʼano, \q2 esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti. \q1 \v 3 Fa wʼafoa bɔ wo nkyɛn mu, okokuroko; \q2 fa anuonyam ne kɛseyɛ fura. \q1 \v 4 Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdi so \q2 wɔ nokware, ahobrɛase ne trenee mu; \q2 ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi. \q1 \v 5 Ma wo bɛmma nnamnam no nhwirew ɔhene atamfo koma mu; \q2 na ma amanaman nhwe wʼanan ase. \q1 \v 6 Ao Onyankopɔn, wʼahengua no bɛtena hɔ daa daa; \q2 trenee ahempema bɛyɛ wʼahenni no ahempema. \q1 \v 7 Wodɔ trenee na wukyi bɔne. \q2 Ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn de wo asi wo mfɛfo so, \q2 na ɔde anigye ngo asra wo. \q1 \v 8 Kurobow, pɛprɛ ne bɛwewonua hua agye wo batakari mu nyinaa; \q2 sanku so nnwom a efi ahemfi a wɔde asonse asiesie ho mu \q2 ma wʼani gye. \q1 \v 9 Ahemfo mmabea ka wo mmea atitiriw ho; \q2 wo nsa nifa so na ayeforo dehye a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina. \b \q1 \v 10 Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie; \q2 ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi. \q1 \v 11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; \q2 di no ni, efisɛ ɔno ne wo wura. \q1 \v 12 Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba; \q2 mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo. \b \q1 \v 13 Ɔhene babea a ɔwɔ ne pia mu no yɛ onuonyamfo \q2 wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatade yuu mu. \q1 \v 14 Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene; \q2 ne mfɛfo mmabun di nʼakyi \q2 na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo. \q1 \v 15 Wɔde ahosɛpɛw ne anigye kɔ mu; \q1 wɔhyɛn ɔhempɔn no ahemfi. \b \q1 \v 16 Wo mmabarima besi wʼagyanom anan mu \q2 wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa. \q1 \v 17 Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu; \q2 ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 46 \cl Dwom 46 \d Koramma dwom. Wɔto no “alamot” sanku nne so. \q1 \v 1 Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, \q2 amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara. \q1 \v 2 Enti sɛ asase ani dan butuw, \q2 na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro, \q1 \v 3 sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru \q2 na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro. \b \q1 \v 4 Asuten bi wɔ hɔ a \q2 ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu, \q2 beae kronkron a Ɔsorosoroni no te. \q1 \v 5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; \q2 Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema. \q1 \v 6 Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase; \q2 ɔma ne nne so ma asase nan. \b \q1 \v 7 Asafo \nd Awurade\nd* ka yɛn ho. \q2 Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban. \b \q1 \v 8 Bra bɛhwɛ \nd Awurade\nd* nnwuma, \q2 ɔsɛe a ɔde aba asase no so. \q1 \v 9 Ɔma akodi gyae kosi asase ano. \q2 Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw; \q2 ɔde ogya hyew nkatabo. \q1 \v 10 Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn; \q2 wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, \q2 wɔbɛma me so wɔ asase so. \b \q1 \v 11 Asafo \nd Awurade\nd* ka yɛn ho; \q2 Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 47 \cl Dwom 47 \d Koramma dwom. \q1 \v 1 Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; \q2 momfa anigye nteɛ mu mfrɛ Onyankopɔn. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* Ɔsorosoroni no ho yɛ nwonwa, \q2 Ɔyɛ Ɔhene kɛse wɔ asase nyinaa so! \q1 \v 3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, \q2 na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn anan ase. \q1 \v 4 Oyii yɛn agyapade maa yɛn, \q2 nea ɛyɛ Yakob a ɔdɔ no no ahohoahoade. \b \q1 \v 5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigye nteɛteɛmu mu, \q2 \nd Awurade\nd* wɔ torobɛnto nnyigyei mu. \q1 \v 6 To ayeyi nnwom ma Onyankopɔn, to ayeyi nnwom; \q2 to ayeyi nnwom ma yɛn Hene, to ayeyi nnwom. \b \q1 \v 7 Efisɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Hene. \q2 Monto ahurusi nnwom mma no. \q1 \v 8 Onyankopɔn di hene wɔ amanaman no so; \q2 Onyankopɔn te nʼahengua kronkron so. \q1 \v 9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano \q2 sɛ Abraham Nyankopɔn nkurɔfo, \q1 efisɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn de; \q2 na wɔma no so kɛse. \c 48 \cl Dwom 48 \d Koramma dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* yɛ ɔkɛse na ɔsɛ nkamfo, \q2 wɔ yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔw kronkron so. \q1 \v 2 Ne sorokɔ ma ɛyɛ fɛ, \q2 ɛyɛ wiase nyinaa anigyede. \q1 Bepɔw Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea, \q2 Ɔhenkɛse no kuropɔn. \q1 \v 3 Onyankopɔn te nʼabankɛse mu \q2 wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼabandennen. \b \q1 \v 4 Bere a ahemfo yi boaa wɔn ho ano, \q2 na wotuu ɔsa bɔɔ mu no, \q1 \v 5 wohuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, \q2 na wɔde ehu guanee. \q1 \v 6 Wɔbɔɔ huboa wɔ hɔ, \q2 ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a awo aka no. \q1 \v 7 Wosɛe wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a \q2 apuei mframa abɔ adwira wɔn. \b \q1 \v 8 Sɛnea yɛate no, \q2 saa ara na yɛahu \q1 wɔ Asafo \nd Awurade\nd* kuropɔn no mu, \q2 yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu; \q2 Onyankopɔn ma etim hɔ afebɔɔ. \b \q1 \v 9 Wʼasɔredan no mu; Ao, Onyankopɔn, \q2 na yɛdwene wo dɔ a enni huammɔ da no ho, \q1 \v 10 Ao, Onyankopɔn, wʼayeyi du asase ano \q2 te sɛ wo din te; \q2 trenee ayɛ wo nsa nifa mu ma. \q1 \v 11 Sion bepɔw di ahurusi, \q2 Yuda nkuraase no ani gye \q1 esiane wʼatemmu no nti. \b \q1 \v 12 Nantew Sion na twa ho hyia, \q2 kan nʼabantenten dodow, \q1 \v 13 dwene nʼafasu ho yiye, \q2 hwɛ nʼabankɛse no, \q2 na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma. \q1 \v 14 Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa; \q2 ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo akosi awiei mpo. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 49 \cl Dwom 49 \d Koramma dwom. \q1 \v 1 Muntie, mo saa nnipa yi nyinaa; \q2 monyɛ aso, mo a mowɔ wiase yi mu nyinaa, \q1 \v 2 nea ɔyɛ abomfiaa ne nea odi mu, \q2 adefo ne ahiafo nyinaa. \q1 \v 3 Mʼano bɛka anyansasɛm; \q2 nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu. \q1 \v 4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie mmebusɛm; \q2 na sanku na mede bɛkyerɛ mʼabisae ase. \b \q1 \v 5 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba, \q2 bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia, \q1 \v 6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so \q2 na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho? \q1 \v 7 Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa \q2 na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn, \q1 \v 8 nkwa ho mpata bo yɛ den, \q2 akatua biara renso, \q1 \v 9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ \q2 a ɔrenhu porɔwee. \q1 \v 10 Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu; \q2 saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu, \q2 na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo. \q1 \v 11 Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ, \q2 wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu, \q2 ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so. \b \q1 \v 12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; \q2 ɔte sɛ mmoa a wowu no ara. \b \q1 \v 13 Eyi ne nea ɛda hɔ ma wɔn a wogye wɔn ho di, \q2 ne wɔn akyidifo a wɔfoa wɔn nsɛm so. \q1 \v 14 Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu, \q2 na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan. \q1 Atreneefo bedi wɔn so anɔpa; \q2 wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu, \q2 na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware. \q1 \v 15 Nanso Onyankopɔn begye me afi ɔda mu; \q2 ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. \b \q1 \v 16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo; \q2 na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo; \q1 \v 17 efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ, \q2 nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu. \q1 \v 18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, \q2 efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye, \q1 \v 19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, \q2 wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no. \b \q1 \v 20 Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no \q2 te sɛ mmoa a wowu. \c 50 \cl Dwom 50 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Tweduampɔn, Onyankopɔn, \nd Awurade\nd* no kasa, \q2 na ɔfrɛ asase nyinaa \q2 efi apuei kosi atɔe. \q1 \v 2 Onyankopɔn hyerɛn fi Sion \q2 kurow a ne fɛ wie pɛyɛ. \q1 \v 3 Yɛn Nyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm; \q2 ogya a ɛhyew nneɛma di nʼanim, \q2 ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia. \q1 \v 4 Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase, \q2 sɛ ɔrebu ne nkurɔfo atɛn; \q1 \v 5 Ɔka se, “Boaboa nnipa a wɔatew wɔn ho no ano ma me; \q2 wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me yɛɛ apam no.” \q1 \v 6 Ɔsoro pae mu ka ne trenee, \q2 na Onyankopɔn ankasa ne otemmufo. \b \q1 \v 7 “Muntie, me nkurɔfo, na mɛkasa, \q2 medi adanse atia wo, Israel; \q2 Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no. \q1 \v 8 Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔde \q2 anaa mo hyew afɔre a ɛwɔ mʼanim daa no ho. \q1 \v 9 Anantwinini a wofi mo mfuw so \q2 anaa mpapo a wofi mo buw mu ho nhia me, \q1 \v 10 efisɛ kwae mu aboa biara yɛ me de, \q2 anantwi a wɔwɔ nkoko mpempem so nso saa ara. \q1 \v 11 Minim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔw no so, \q2 na wuram abɔde nyinaa yɛ me de. \q1 \v 12 Sɛ ɔkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; \q2 efisɛ, wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ me de. \q1 \v 13 Mewe anantwinini nam, \q2 na menom mpapo mogya ana? \q1 \v 14 Momfa aseda afɔre mma Onyankopɔn, \q2 na munni bɔ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so, \q1 \v 15 na momfrɛ me hiada; \q2 na megye mo na moahyɛ me anuonyam.” \q1 \v 16 Nanso amumɔyɛfo de, Onyankopɔn bisa wɔn se, \q1 “Adɛn nti na moka me mmara \q2 na mʼapam da mo ano? \q1 \v 17 Mukyi me nkyerɛkyerɛ, \q2 na motow me nsɛm gu mo akyi. \q1 \v 18 Sɛ muhu ɔkorɔmfo a mode mo ho bɔ no; \q2 na mo ne nguaman nso bɔ. \q1 \v 19 Mode mo ano yɛ bɔne, \q2 na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano. \q1 \v 20 Mokasa tia mo nuabarima bere biara \q2 na mosopa mo ankasa na ba. \q1 \v 21 Moayɛ eyinom nyinaa; nanso manka hwee, \q2 enti mususuw sɛ mete sɛ mo. \q1 Nanso mɛka mo anim, \q2 na mede mo sobo asi mo anim. \b \q1 \v 22 “Munnwen eyi ho, mo a mo werɛ fi Onyankopɔn, \q2 anyɛ saa a, mɛtetew mo mu nketenkete a obiara remmegye mo; \q1 \v 23 Nea ɔbɔ aseda afɔre no hyɛ me anuonyam, \q2 na osiesie kwan \q2 sɛnea mɛda Onyankopɔn nkwagye adi akyerɛ no.” \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 51 \cl Dwom 51 \d Dawid dwom a ɔtoo no bere a ɔde ne ho kaa Batseba na odiyifo Natan kɔɔ ne nkyɛn no. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn hu me mmɔbɔ, \q2 sɛnea wʼadɔe a ɛnsa da no te; \q1 wʼahummɔbɔ kɛse no nti, \q2 pepa me mmarato. \q1 \v 2 Hohoro mʼamumɔyɛ nyinaa \q2 na tew me ho fi me bɔne mu! \q1 \v 3 Na mahu me mmarato, \q2 na mekae me bɔne daa. \q1 \v 4 Mayɛ mfomso atia wo; atia wo nko ara \q2 na mayɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so, \q1 enti wudi bem wɔ wʼatemmu mu \q2 na woteɛ wɔ wʼatemmu mu. \q1 \v 5 Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu, \q2 na bɔne mu na me na nyinsɛn me. \q1 \v 6 Ampa ara nokware na wohwehwɛ wɔ me mu. \q2 Wokyerɛ me nyansa a mu dɔ. \b \q1 \v 7 Fa adwerɛ hohoro me ho, na me ho afi; \q2 guare me, na mɛhoa asen sukyerɛmma. \q1 \v 8 Ma mente ahosɛpɛw ne anigye nka; \q2 na ma nnompe a woabubu no nni ahurusi. \q1 \v 9 Kata wʼani wɔ me bɔne ho \q2 na pepa mʼamumɔyɛ nyinaa. \b \q1 \v 10 Ao, Onyankopɔn, bɔ koma a mu tew wɔ me mu, \q2 na yɛ honhom a atim no foforo wɔ me mu. \q1 \v 11 Mpam me mfi wʼanim, \q2 na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu. \q1 \v 12 Fa wo nkwagye mu anigye no ma me bio, \q2 na ma me ɔpɛ honhom a ɛbɛma magyina. \b \q1 \v 13 Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfo wʼakwan, \q2 na amumɔyɛfo bɛsan aba wo nkyɛn. \q1 \v 14 Ao, Onyankopɔn, gye me fi mogya ho afɔdi mu. \q2 Onyame a wugye me nkwa, \q2 na me tɛkrɛma bɛto wo trenee ho dwom. \q1 \v 15 Awurade, bue mʼano fafa, \q2 na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayeyi. \q1 \v 16 Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ; \q2 wʼani nnye ɔhyew afɔre ho. \q1 \v 17 Onyankopɔn afɔre yɛ honhom a abotow, \q2 Onyankopɔn, \q2 worempo ahonu ne ahobrɛase koma. \q1 \v 18 Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛma Sion anya nkɔso wɔ wʼanigye mu; \q2 na woasi Yerusalem afasu. \q1 \v 19 Afei wʼani begye ɔtreneeni afɔrebɔ ho, \q2 ɔhyew afɔre a edi mu; \q2 na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔre wʼafɔremuka so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 52 \cl Dwom 52 \d Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid akɔ Ahimelek fi” no. \q1 \v 1 Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? \q2 Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, \q2 wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so? \q1 \v 2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw; \q2 ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye. \q1 Wo a wutwa nkontompo nko ara. \q1 \v 3 Wʼani gye bɔne ho sen papa, \q2 wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware. \q1 \v 4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, \q2 wo tɛkrɛma daadaafo! \b \q1 \v 5 Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo; \q2 ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu; \q2 Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so. \q1 \v 6 Atreneefo behu eyi na wɔasuro; \q2 wɔbɛserew no na wɔaka se, \q1 \v 7 “Hwɛ, onipa no ni, \q2 nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennen \q1 na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so, \q2 na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!” \b \q1 \v 8 Nanso mete sɛ ngodua a \q2 ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi: \q1 mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so \q2 daa nyinaa. \q1 \v 9 Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti; \q2 wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye. \q2 Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto. \c 53 \cl Dwom 53 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, \q2 “Onyankopɔn bi nni hɔ.” \q1 Porɔwee adi wɔn, na wɔn akwan yɛ animguase. \q2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ ade pa. \b \q1 \v 2 Onyankopɔn fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam \q2 sɛ obehu wɔn mu bi a \q1 wɔwɔ ntease, \q2 anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn. \q1 \v 3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; \q2 wɔn nyinaa ayɛ bɔne. \q1 Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. \q2 Ɔbaako mpo nni hɔ. \b \q1 \v 4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana? \q2 Wɔwe me nkurɔfo sɛnea nnipa di aduan. \q2 Wonnsu mfrɛ Onyankopɔn. \q1 \v 5 Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa \q2 wɔ faako a ehu nni. \q1 Onyankopɔn hwetee wɔn a wɔtow hyɛɛ wo so no nnompe mu; \q2 wuguu wɔn anim ase, efisɛ Onyankopɔn buu wɔn animtiaa. \b \q1 \v 6 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! \q2 \nd Awurade\nd* bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn. \q2 Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye! \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔbɔ no sanku so. \c 54 \cl Dwom 54 \d Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.” \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; \q2 fa wo tumi bu me bem. \q1 \v 2 Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; \q2 tie mʼanom nsɛm. \q1 \v 3 Ahɔho retow ahyɛ me so. \q2 Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; \q2 nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. \b \q1 \v 4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; \q2 Awurade ne me hwɛfo. \b \q1 \v 5 Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; \q2 wo nokwaredi mu, sɛe wɔn. \b \q1 \v 6 Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; \q2 \nd Awurade\nd*, meyi wo din ayɛ, \q2 efisɛ eye. \q1 \v 7 Woagye me afi me haw nyinaa mu, \q2 na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. \c 55 \cl Dwom 55 \d Dawid “maskil” dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, \q2 mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so, \q2 \v 2 tie me na gye me so. \q2 Me dadwen haw me na ama mayɛ basaa, \q1 \v 3 esiane nea me tamfo reka, \q2 esiane omumɔyɛfo ahunahuna nti; \q1 efisɛ wɔde amanehunu ba me so; \q2 na wofi wɔn abufuw mu kum me. \b \q1 \v 4 Me koma wɔ ahoyeraw mu; \q2 na owu huboa aba me so. \q1 \v 5 Ehu ne ahopopo akyekyere me. \q2 Ahodwiriw abu afa me so. \q1 \v 6 Mekae se, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a, \q2 anka metu akɔ ama me ho atɔ me, \q1 \v 7 anka metu akɔ akyirikyiri \q2 akɔtena sare so; \q1 \v 8 anka mɛyɛ ntɛm akɔ me hintabea, \q2 faako a mframahweam ne ahum mmɛn koraa.” \b \q1 \v 9 Awurade, ma amumɔyɛfo nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, \q2 efisɛ mihu basabasayɛ ne aperepere wɔ kuropɔn no mu. \q1 \v 10 Awia ne anadwo wɔtetɛw nʼafasu ho; \q2 adwemmɔne ne asisi wɔ mu. \q1 \v 11 Adesɛefo dɔm reyɛ adwuma wɔ kuropɔn no mu. \q2 Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔnten so daa. \b \q1 \v 12 Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔresopa me a, \q2 anka metumi agyina ano; \q2 sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrema ne ho so atia me a, \q2 anka metumi de me ho ahintaw no. \q1 \v 13 Nanso ɛyɛ wo, ɔdesani te sɛ me, \q1 me yɔnko, mʼadamfo kann, \q1 \v 14 a kan no na me ne no wɔ ayɔnkofa a mu yɛ den \q2 bere a yɛn nyinaa bɔɔ mu yuu kɔɔ Onyankopɔn fi na yɛka asomfo no ho no. \b \q1 \v 15 Ma owu mmɛfa mʼatamfo mpofirim; \q2 ma wɔnkɔ ɔda mu anikann, \q2 efisɛ bɔne te wɔn mu. \b \q1 \v 16 Nanso misu frɛ Onyankopɔn, \q2 na \nd Awurade\nd* gye me nkwa. \q1 \v 17 Anwummere, anɔpa ne awia, \q2 mede mmɔborɔnne su frɛ no, \q2 na ɔte me nne. \q1 \v 18 Ɔde ne ho bɔ afɔre ma minya me ti didi mu \q2 wɔ ako a wodi tia me no mu, \q2 mpo dodow na wɔsɔre tia me. \q1 \v 19 Onyankopɔn a wɔasi no hene afebɔɔ no, \q2 ɔbɛte wɔn nka na wahaw wɔn, \q1 ɔbɛhaw nnipa a wɔnsakra wɔn akwan da \q2 na wonsuro Onyankopɔn nso. \b \q1 \v 20 Me yɔnko tow hyɛ ne nnamfonom so; \q2 na obu nʼapam so. \q1 \v 21 Ɔwɔ tɛkrɛmawo, \q2 nanso ɔtan wɔ ne koma mu. \q1 Nʼano asɛm dwudwo sen ngo, \q2 nanso ɛyɛ afoa a wɔatwe. \b \q1 \v 22 Fa wo haw to \nd Awurade\nd* so \q2 na ɔno na obegye wo; \q2 ɔremma ɔtreneeni nhwe ase. \q1 \v 23 Nanso wo, Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumɔyɛfo ase \q2 ama wɔakɔ ɔporɔw amoa mu; \q1 mogyapɛfo ne nnaadaafo \q2 renni wɔn nkwanna mu fa. \b \q1 Nanso me de, mede me ho to wo so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so. \c 56 \cl Dwom 56 \d Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat no. \q1 \v 1 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so; \q2 da mu nyinaa womia wɔn taa no mu. \q1 \v 2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; \q2 wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso. \b \q1 \v 3 Sɛ mebɔ hu a, \q2 mede me ho bɛto wo so. \q1 \v 4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, \q2 mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. \q2 Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me? \b \q1 \v 5 Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne; \q2 bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me. \q1 \v 6 Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw, \q2 wɔhwɛ mʼanammɔntu, \q2 susuw sɛ wobekum me. \b \q1 \v 7 Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni; \q2 Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu. \q1 \v 8 Kyerɛw me kwadwom to hɔ; \q2 sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu. \q2 Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana? \b \q1 \v 9 Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a, \q2 mʼatamfo bɛsan wɔn akyi. \q2 Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa. \q1 \v 10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, \q2 \nd Awurade\nd* a mekamfo nʼasɛm no, \q1 \v 11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. \q2 Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me? \b \q1 \v 12 Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase, \q2 mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo. \q1 \v 13 Efisɛ, woagye me afi owu mu, \q2 na mʼanan anhintiw, \q1 na matumi anantew Onyankopɔn anim \q2 wɔ nkwa hann no mu. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” nne so. \c 57 \cl Dwom 57 \d Dawid dwom a ɔtoo bere a oguan fii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. \q1 \v 1 Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, \q2 na wo mu na me kra nya guankɔbea. \q1 Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbea \q2 kosi sɛ amanehunu no betwa mu. \b \q1 \v 2 Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; \q2 Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho. \q1 \v 3 Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa, \q2 ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim; \q2 Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware. \b \q1 \v 4 Gyata atwa me ho ahyia; \q2 meda mmoa a wɔwe nam amono mu, \q2 nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma \q2 na wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam. \q1 \v 5 Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, \q2 na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so. \b \q1 \v 6 Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri, \q2 ahohiahia brɛɛ me ase. \q1 Wotuu amoa wɔ me kwan mu, \q2 nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu. \q1 \v 7 Ao, Onyankopɔn, me koma agyina pintinn, \q2 me koma yɛ pintinn; \q2 mɛto dwom na mayi wo ayɛ. \q1 \v 8 Me kra nyan! \q2 Sanku ne bɛnta, munnyan! \q2 Me nso menyan anɔpahema. \b \q1 \v 9 \nd Awurade\nd*, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; \q2 mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa mu. \q1 \v 10 Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro; \q2 wo nokwaredi du wim. \q1 \v 11 Ao, Onyankopɔn, wɔmma wo so mmoro ɔsoro; \q2 ma wʼanuonyam nkata asase nyinaa so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so. \c 58 \cl Dwom 58 \d Dawid “miktam” dwom. \q1 \v 1 So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana? \q2 Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana? \q1 \v 2 Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma mu \q2 na mo nsa de akakabensɛm ba asase so. \q1 \v 3 Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu; \q2 wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro. \q1 \v 4 Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de, \q2 ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso, \q1 \v 5 a ɔnte ntafowayifo dwom, \q2 na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho. \b \q1 \v 6 Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom, \q2 \nd Awurade\nd*, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu! \q1 \v 7 Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan; \q2 sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu. \q1 \v 8 Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no. \q2 Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa. \b \q1 \v 9 Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw, \q2 sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ. \q1 \v 10 Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye, \q2 na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu. \q1 \v 11 Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua; \q2 na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.” \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 59 \cl Dwom 59 \d Wɔto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no bere a Saulo soma kɔwɛn Dawid fi sɛ wonkokum no no. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, gye me fi mʼatamfo nsam; \q2 bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me no ho. \q1 \v 2 Gye me fi amumɔyɛfo nsam. \q2 Gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam. \b \q1 \v 3 Hwɛ sɛnea wɔatɛw rehwehwɛ me akum me! \q2 Nnipa a wɔn ho yɛ hu bɔ pɔw bɔne tia me \q2 a emfi me mfomso anaa bɔne bi, \nd Awurade\nd*. \q1 \v 4 Menyɛɛ mfomso bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtow ahyɛ me so. \q2 Sɔre begye me; hwɛ mʼamanehunu! \q1 \v 5 Wo, \nd Awurade\nd* Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, \q2 ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; \q2 nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ. \b \q1 \v 6 Wɔsan ba anwummere, \q2 wɔbobɔ mu sɛ akraman, \q2 na wokyinkyin kuropɔn no mu. \q1 \v 7 Hwɛ nea wɔfe fi wɔn anom, \q2 wɔn anofafa mu nsɛm ano yɛ nnam sɛ mfoa, \q2 na wosusuw se: “Hena na ɔbɛte yɛn nka?” \q1 \v 8 Nanso wo \nd Awurade\nd*, woserew wɔn; \q2 wudi saa aman no nyinaa ho fɛw. \b \q1 \v 9 Wone mʼAhoɔden, mehwɛ wo kwan; \q2 wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, \q2 \v 10 me Nyankopɔn a metumi atweri no. \b \q1 Onyankopɔn bedi mʼanim \q2 na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haw. \q1 \v 11 Nanso nkum wɔn, Awurade, yɛn nkatabo, \q2 na me nkurɔfo werɛ amfi wɔn. \q1 Wo tumi mu no tutu wɔn ase, \q2 na brɛ wɔn ase. \q1 \v 12 Bɔne a efi wɔn anom, \q2 ne wɔn ano nsɛm nti \q1 ma wɔn ahomaso nkyekyere wɔn. \q2 Abususɛm a wɔka ne atoro a wotwa nti, \q2 \v 13 sɛe wɔn wɔ abufuwhyew mu, \q2 kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre. \q1 Afei ɛbɛma asase so mmaa nyinaa ahu \q2 sɛ Onyankopɔn di Yakob so. \b \q1 \v 14 Wɔsan ba anwummere, \q2 wɔbobɔ mu sɛ akraman, \q2 na wokyinkyin kuropɔn no mu. \q1 \v 15 Wokyinkyin pɛ aduan \q2 na sɛ wɔammee a, wosu bobɔ mu. \q1 \v 16 Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, \q2 mɛto wʼadɔe ho dwom anɔpa; \q1 efisɛ woyɛ mʼabandennen, \q2 me guankɔbea wɔ ahohia mmere mu. \b \q1 \v 17 Ao mʼAhoɔden, mɛto ayeyi dwom ama wo; \q2 wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Susan Edut.” \c 60 \cl Dwom 60 \d Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no bere a ɔne Aram Naharanfo ne Aram Zobafo koe na Yoab san kokum Edomfo mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no. \q1 \v 1 Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu; \q2 wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio! \q1 \v 2 Woawosow asase no na woapae mu; \q2 toatoa nea abubu no, efisɛ ɛrehinhim. \q1 \v 3 Woama wo nkurɔfo ahu mmere bɔne; \q2 woama yɛn nsa a ɛma yɛtɔ ntintan. \b \q1 \v 4 Nanso wɔn a wosuro wo de, woama wɔn frankaa so \q2 sɛ wontu ntia agyan no. \b \q1 \v 5 Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, \q2 na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa. \q1 \v 6 Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se, \q2 “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, \q2 na masusuw Sukot bon no. \q1 \v 7 Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; \q2 Efraim yɛ me dade kyɛw, \q2 Yuda yɛ mʼahempema. \q1 \v 8 Moab yɛ me guasɛn, \q2 Edom so na metow me mpaboa gu; \q2 na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.” \b \q1 \v 9 Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? \q2 Hena na obedi mʼanim akɔ Edom? \q1 \v 10 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn \q2 na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana? \q1 \v 11 Boa yɛn tia ɔtamfo no, \q2 na ɔdesani mmoa nka hwee. \q1 \v 12 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim, \q2 na obetiatia yɛn atamfo so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. \c 61 \cl Dwom 61 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ; \q2 tie me mpaebɔ. \b \q1 \v 2 Mifi asase ano frɛ wo, \q2 mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw; \q2 fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so. \q1 \v 3 Woayɛ me guankɔbea, \q2 aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no. \b \q1 \v 4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ \q2 na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase. \q1 \v 5 Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn; \q2 na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me. \b \q1 \v 6 To ɔhene nkwanna mu bebree; \q2 na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso. \q1 \v 7 Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daa \q2 fa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban. \b \q1 \v 8 Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daa \q2 na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. De ma Yedutun. \c 62 \cl Dwom 62 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Me kra wɔ ahomegye wɔ Onyankopɔn nko ara mu; \q2 me nkwagye fi ne nkyɛn. \q1 \v 2 Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye; \q2 ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me da. \b \q1 \v 3 Mobɛkɔ so ahyɛ onipa so akosi da bɛn, \q2 mo nyinaa besum me ahwe fam ana? \q2 Ɔfasu a akyea yi, ban a ɛrebu yi? \q1 \v 4 Ampa, wɔayɛ adwene se wobetu no \q2 afi ne dibea a ɛkorɔn no so; \q1 wɔn ani gye atorodi ho. \q2 Wɔde wɔn ano hyira \q1 na wɔn koma mu de, wɔdome. \b \q1 \v 5 Yiw me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; \q2 na ne mu na mʼanidaso wɔ. \q1 \v 6 Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye; \q2 ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me. \q1 \v 7 Me nkwagye ne mʼanuonyam gyina Onyankopɔn so; \q2 ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me guankɔbea. \q1 \v 8 Mo nnipa, momfa mo ho nto ne so daa; \q2 monka mo koma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no, \q2 efisɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea. \b \q1 \v 9 Nnipa nyinaa te sɛ home; \q2 akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee; \q1 sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee; \q2 wɔn nyinaa bɔ mu a wɔyɛ home nko. \q1 \v 10 Mommfa mo ho nto asisi so \q2 na monnhoahoa mo ho akorɔnne ho; \q1 ɛwɔ mu sɛ mo ahonya dɔɔso de, \q2 nanso mommfa mo koma nto so. \b \q1 \v 11 Asɛm baako na Onyankopɔn aka, \q2 nsɛm abien na mate sɛ, \q1 wo, Onyankopɔn, na wowɔ ahoɔden, \q2 \v 12 na wo, Awurade, na woyɛ adɔe, \q2 ampa ara wubetua obiara ka \q2 sɛnea nʼadwuma te. \c 63 \cl Dwom 63 \d Dawid dwom. Bere a ɔwɔ Yuda Sare so no na ɔtoe. \q1 \v 1 Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn \q2 Mehwehwɛ wo anibere so; \q1 wo ho sukɔm de me kra, \q2 me nipadua ani agyina wo, \q1 wɔ asase a awo na asade nni mu so, \q2 faako a nsu nni. \b \q1 \v 2 Mahu wo wɔ Kronkronbea hɔ \q2 mahu wo tumi ne wʼanuonyam. \q1 \v 3 Esiane sɛ wʼadɔe di mu sen nkwa nti \q2 mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam. \q1 \v 4 Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, \q2 na wo din mu na mɛma me nsa so. \q1 \v 5 Me kra bɛmee sɛnea wadi aduan papa bi; \q2 mede anofafa a ɛto dwom beyi wo ayɛ. \b \q1 \v 6 Meda me mpa so a, mekae wo. \q2 Anadwo dasu mu nyinaa, midwen wo ho. \q1 \v 7 Efisɛ wone me boafo, \q2 wo ntaban ase nwini mu na mɛto dwom. \q1 \v 8 Me kra bata wo ho; \q2 na wo nsa nifa kura me mu. \b \q1 \v 9 Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; \q2 wɔbɛkɔ asase ase tɔnn. \q1 \v 10 Wɔbɛdan wɔn ama afoa \q2 na wɔbɛyɛ aduan ama sakraman. \b \q1 \v 11 Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu; \q2 wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, \q2 na wobemua atorofo ano. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 64 \cl Dwom 64 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Me Nyankopɔn, tie me, bere a mereka me haw; \q2 bɔ me kra ho ban fi ɔtamfo ahunahuna ho. \q1 \v 2 Fa me sie fi amumɔyɛfo agyinatu ho, \q2 ne nnebɔneyɛfo pɔwbɔ ho. \b \q1 \v 3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ afoa \q2 na wɔde atirimɔden nsɛm sɔn sɛ mmɛmma werɛmfo. \q1 \v 4 Wofi ahintawee mu, tow bɔ onipa a ne ho nni asɛm; \q2 wɔtow bɔ no mpofirim a wonsuro. \b \q1 \v 5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho, \q2 wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie; \q2 wɔka se, “Hena na obehu yɛn?” \q1 \v 6 Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se, \q2 “Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!” \q1 Ampa ara onipa koma ne nʼadwene yɛ anifere. \b \q1 \v 7 Nanso Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn; \q2 na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ. \q1 \v 8 Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn \q2 na ɔde wɔn aba ɔsɛe mu; \q2 na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko. \b \q1 \v 9 Adesamma nyinaa besuro; \q2 wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma \q2 na wɔasusuw nea wayɛ ho. \q1 \v 10 Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade mu \q2 na wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu; \q2 ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ! \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 65 \cl Dwom 65 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Yɛn Nyankopɔn, ayeyi retwɛn wo wɔ Sion, \q2 na yebedi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so. \q1 \v 2 Wo a woyɛ mpaebɔ tiefo, \q2 wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba. \q1 \v 3 Bere a yɛn bɔne menee yɛn no, \q2 wo na wode yɛn mmarato kyɛɛ yɛn. \q1 \v 4 Nhyira nka wɔn a wuyi wɔn \q2 ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadiwo hɔ! \q1 Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi ahyɛ yɛn ma, \q2 nea ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no. \b \q1 \v 5 Wode trenee nnwuma a ɛyɛ nwonwa ma yɛn mmuae, \q2 Onyankopɔn, yɛn agyenkwa, \q1 asase so mmaa nyinaa anidaso \q2 ne po so akyirikyiri nso. \q1 \v 6 Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔw \q2 de daa wʼahoɔden adi. \q1 \v 7 Wudwudwoo po asorɔkye ano, \q2 asorɔkye no mmobɔwee, \q2 ne amanaman no hooyɛ. \q1 \v 8 Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwonwade; \q2 faako a ade kye, nea anwummere yera, \q2 wofrɛ ahurusi nnwom wɔ hɔ. \b \q1 \v 9 Wohwɛ asase no gugu so nsu; \q2 woma no yɛ asase pa ma ɛboro so. \q1 Wode nsu hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma \q2 sɛnea ɛbɛma nnipa no aduan, \q2 efisɛ saa ne nea woahyɛ. \q1 \v 10 Wofɔw nea woafuntum hɔ no fɔkyee \q2 na wokaa nkɔmoa no kataa so; \q1 wode nsu petee so ma no yɛɛ bɛtɛɛ \q2 na wuhyiraa so afifide. \q1 \v 11 Wode nnɔbae bebree wiee afe no, \q2 na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so. \q1 \v 12 Sare so nwura dɔɔso \q2 na anigye baa nkoko so. \q1 \v 13 Nguankuw ahyɛ adidibea hɔ ma \q2 na awi akata aku no so; \q2 wɔbɔ ose, to ahosɛpɛw dwom. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 66 \cl Dwom 66 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Asase nyinaa momfa ahosɛpɛw nteɛ mu mma Onyankopɔn! \q2 \v 2 Monto ne din anuonyamhyɛ ho dwom; \q2 momma nʼayeyi nyɛ anuonyamhyɛ! \q1 \v 3 Munse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛe yɛ nwonwa dodo! \q2 Wo tumi so mmoroso \q2 a wʼatamfo nyinaa de osuro kotow wʼanim. \q1 \v 4 Asase nyinaa kotow wo; \q2 wɔto ayeyi dwom ma wo, \q2 wɔto dwom kamfo wo din.” \q1 \v 5 Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ; \q2 anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu. \q1 \v 6 Ɔmaa po yɛɛ asase kesee; \q2 wɔnantew twaa nsu no \q2 mommra mma yenni ahurusi wɔ no mu. \q1 \v 7 Ɔde ne tumi di hene daa daa, \q2 na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. \q2 Mma atuatewfo nsɔre ntia no. \q1 \v 8 Aman nyinaa, munhyira yɛn Nyankopɔn, \q2 momma wɔnte mo nkamfo no nnyigyei; \q1 \v 9 wahwɛ yɛn nkwa so \q2 na wamma yɛn anan anwatiri. \q1 \v 10 Na wo, Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛe; \q2 na wonan yɛn sɛ dwetɛ. \q1 \v 11 Wode yɛn koguu afiase \q2 na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi. \q1 \v 12 Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so; \q2 yɛfaa ogya ne nsu mu, \q2 nanso wode yɛn baa faako a nnepa abu so. \b \q1 \v 13 Mede ɔhyew afɔre bɛba wʼasɔredan mu \q2 na madi bɔ a mahyɛ wo no so, \q1 \v 14 bɔ a mʼanofafa hyɛe, na mʼano kaa \q2 bere a na mewɔ ɔhaw mu no. \q1 \v 15 Mede mmoa a wɔadɔ srade bɛbɔ afɔre ama wo; \q2 adwennini ayɛyɛde; \q2 mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔre. \b \q1 \v 16 Mommra mmetie, mo a musuro Onyankopɔn nyinaa; \q2 momma menka nea wayɛ ama me nkyerɛ mo. \q1 \v 17 Mede mʼano su frɛɛ no; \q2 na me tɛkrɛma yii no ayɛ. \q1 \v 18 Sɛ mede bɔne hyɛɛ me koma mu a, \q2 anka Awurade antie me. \q1 \v 19 Nanso nokware, Onyankopɔn atie me, \q2 wate me mpaebɔ. \q1 \v 20 Nhyira nka Onyankopɔn, \q2 a wampo me mpaebɔ \q2 na wanyi nʼadɔe amfi me so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. \c 67 \cl Dwom 67 \d Dwom. \q1 \v 1 Onyankopɔn nnom yɛn na onhyira yɛn \q2 ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, \q1 \v 2 na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so, \q2 ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu. \q1 \v 3 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; \q2 ma nnipa nyinaa nkamfo wo. \q1 \v 4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom, \q2 efisɛ wudi nnipa no so trenee mu \q2 na woma asase so amanaman no akwankyerɛ. \q1 \v 5 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; \q2 ma nnipa nyinaa nkamfo wo! \b \q1 \v 6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbae, \q2 na Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn. \q1 \v 7 Onyankopɔn behyira yɛn, \q2 na asase mmaa nyinaa besuro no. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 68 \cl Dwom 68 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ma Onyankopɔn nsɔre, ma nʼatamfo nhwete; \q2 wɔn a wɔtan no no nguan mfi nʼanim. \q1 \v 2 Sɛnea mframa bɔ wusiw gu no, \q2 saa ara na bɔ wɔn gu; \q1 sɛnea srade nan wɔ ogya so no, \q2 saa ara na amumɔyɛfo nyera mfi Onyankopɔn anim. \q1 \v 3 Nanso ma atreneefo ani nnye \q2 na wɔnsɛpɛw wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim; \q2 ma wɔn ho ntɔ wɔn na wonni ahurusi. \b \q1 \v 4 To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. \q2 Ma nea ɔnantew omununkum so no din so. \q1 Ne din ne \nd Awurade\nd*; \q2 ma wʼani nnye wɔ nʼanim. \q1 \v 5 Ayisaa agya ne nea odi akunafo asɛm ma wɔn \q2 ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenae kronkron hɔ. \q1 \v 6 Ɔma ohiani tena mmusua mu, \q2 na ɔde nnwonto yi nneduafo ma wɔde wɔn ho; \q2 na atuatewfo de, wɔtena asase a awo so. \q1 \v 7 Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim, \q2 bere a wode wɔn faa sare so no, \q1 \v 8 asase wosowee, \q2 na ɔsoro tuee osu guu fam, \q1 wɔ Onyankopɔn, Sinai Nyankopɔn, \q2 Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn no anim. \q1 \v 9 Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn, \q2 guu wʼagyapade a abotow no so ma ɛyɛɛ frɔmfrɔm. \q1 \v 10 Wo nkurɔfo bɔɔ atenase wɔ so, \q2 Onyankopɔn, wonam wʼadɔe bebree no so hwɛɛ ahiafo. \b \q1 \v 11 Awurade kaa asɛm no, \q2 na dodow no ara ne wɔn a wɔpaee mu kae; \q1 \v 12 “Ahemfo ne wɔn asraafo guan ntɛm so; \q2 mmea a wɔwɔ fie no kyɛ asade. \q1 \v 13 Mpo bere a woda nguanban mu no, \q2 wɔde dwetɛ duraa mʼaborɔnoma ntaban ho, \q2 de sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn guu wɔn ntakra so.” \q1 \v 14 Bere a Otumfo bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hwetee no, \q2 na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Bepɔw Salmon so. \b \q1 \v 15 Basan mmepɔw gyinagyina hɔ, \q1 Basan mmepɔw so yɛ abonkyiabonkyi. \q1 \v 16 Wo bepɔw abonkyiabonkyi, adɛn nti na wode ani bɔne hwɛ \q2 bepɔw a Onyankopɔn ayi sɛ obedi so hene, \q2 faako a \nd Awurade\nd* ankasa bɛtena afebɔɔ? \q1 \v 17 Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ mpem mpem \q2 ne mpem mpem mu mpem; \q2 Awurade fi Sinai aba ne kronkronbea. \q1 \v 18 Bere a woforo kɔɔ soro no, \q2 wode nnommum kaa wo ho; \q2 wunyaa ayɛyɛde fii nnipa hɔ, \q1 fii atuatewfo hɔ mpo, \q2 sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, \nd Awurade\nd* Nyankopɔn. \b \q1 \v 19 Ayeyi nka Awurade, nka Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, \q2 nea ɔsoa yɛn nnesoa da biara no. \q1 \v 20 Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa; \q2 na \nd Awurade\nd* mu na owu tow fom yɛn. \b \q1 \v 21 Ampa ara Onyankopɔn bɛdwerɛw nʼatamfo ti, \q2 wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne ti kusuu no. \q1 \v 22 \nd Awurade\nd* ka se, “Mede wɔn befi Basan aba; \q2 mede wɔn befi po bun mu aba, \q1 \v 23 na moanantew wɔn a wokyi mo no mogya mu \q2 na mo akraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.” \b \q1 \v 24 Onyankopɔn, yɛahu wo santen yuu no, \q2 me Nyankopɔn ne me Hene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ. \q1 \v 25 Nnwontofo no wɔ anim, na asankubɔfo no nso di so, \q2 na mmabaa a wɔrewosow akasae nso ka wɔn ho. \q1 \v 26 Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛse no mu; \q2 monkamfo \nd Awurade\nd* wɔ Israel nnipakuw no mu. \q1 \v 27 Abusuakuw ketewa, Benyamin na odi wɔn kan, \q2 Yuda mmapɔmma kuw kɛse no di so, \q2 na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba. \b \q1 \v 28 Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn; \q2 da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛnea woayɛ pɛn no. \q1 \v 29 Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem nti \q2 ahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ wo. \q1 \v 30 Ka aboa a ɔhyɛ mfea mu no anim, \q2 ne anantwinini kuw a wɔhyɛ amanaman no nantwimma mu no. \q1 Brɛ wɔn ase kosi sɛ wɔde dwetɛ mpɔw bɛba. \q2 Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam. \q1 \v 31 Ananmusifo befi Misraim aba, \q2 na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn. \b \q1 \v 32 Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn, \q2 monto ayeyi nnwom mma \nd Awurade\nd*, \q1 \v 33 monto mma nea ɔte tete ɔsorosoro so no, \q2 na ɔde nne kɛse bobɔ mu no. \q1 \v 34 Mompae mu nka Onyankopɔn tumi, \q2 nea ne kɛseyɛ kata Israel so no, \q2 na ne tumi wɔ soro ɔsoro no. \q1 \v 35 Wo ho yɛ hu, Onyankopɔn, wɔ wo kronkronbea hɔ; \q2 Israel Nyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfo. \b \q1 Ayeyi nka Onyankopɔn! \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛ “Sukooko.” \c 69 \cl Dwom 69 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, gye me nkwa \q2 na nsu no abɛdeda me kɔn mu. \q1 \v 2 Meremem wɔ dontori a mu dɔ mu, \q2 wɔ baabi a mʼanan nnya sibea. \q1 Madu bun mu \q2 na nsu abu afa me so. \q1 \v 3 Mafrɛ abrɛ rehwehwɛ mmoa. \q2 Me mene mu ayow. \q1 Mʼani so ayɛ kusuu, \q1 na merehwehwɛ me Nyankopɔn. \q1 \v 4 Wɔn a wɔtan me kwa no \q2 dɔɔso sen me ti so nwi; \q1 wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso, \q2 wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. \q1 Wɔhyɛ me sɛ mennan \q2 nea minnwiae no mma. \b \q1 \v 5 Wo, Onyankopɔn, nim me nkwaseasɛm; \q2 mʼafɔdi nhintaw wo. \q1 \v 6 Awurade, Awurade Tweduampɔn, \q2 mma wɔn a wɔn ani da wo so no, \q2 anim ngu ase esiane me nti, Awurade, Asafo \nd Awurade\nd*; \q1 Israel Nyankopɔn, \q2 mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no \q2 anim ngu ase esiane me nti. \q1 \v 7 Wo nti migyina animka ano, \q2 na aniwu kata mʼanim. \q1 \v 8 Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu, \q2 mete sɛ ɔmamfrani wɔ me na mmabarima mu, \q1 \v 9 na wo fi ho mmɔdemmɔ hyɛ me so, \q2 wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiaabu bɛda me so. \q1 \v 10 Sɛ mitwa adwo na midi mmuada a \q2 wɔbɔ me ahohora; \q1 \v 11 sɛ mifura atweaatam a \q2 nnipa de me yɛ aserewde. \q1 \v 12 Wɔn a wɔtete ɔpon no ano no serew me, \q2 na akɔwensafo de me din to dwom. \b \q1 \v 13 Nanso mɛbɔ wo mpae, \nd Awurade\nd*, \q2 wɔ wʼadom bere mu; \q1 wɔ wʼadɔe kɛse no nti, Ao, Onyankopɔn, \q2 fa wo nokware nkwagye no gye me so. \q1 \v 14 Yi me fi dontori no mu, \q2 mma memmem wɔ mu; \q1 gye me fi wɔn a wɔtan me no nsam, \q2 ne nsu bun mu. \q1 \v 15 Mma nsu nnyiri mmfa me \q2 anaa bun mmene me \q2 anaa amoa nkata me so. \q1 \v 16 \nd Awurade\nd*, gye me so fi wʼadɔe a eye no mu; \q2 wʼadom nti, dan bɛhwɛ me. \q1 \v 17 Mfa wʼanim nhintaw wo somfo; \q2 gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu. \q1 \v 18 Twiw bɛn me na gye me; \q2 gye me nkwa, mʼatamfo nti. \q1 \v 19 Wunim sɛnea wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wotiatia mʼanim; \q2 wʼani tua mʼatamfo nyinaa. \q1 \v 20 Kasatia ahyɛ me koma so \q2 ama mayɛ sɛ obi a onni ɔboafo; \q1 mepɛɛ awerɛkyekye, nanso mannya bi, \q2 mepɛɛ ɔwerɛkyekyefo, nanso manhu bi. \q1 \v 21 Wɔde bɔnwoma guu mʼaduan mu, \q2 osukɔm dee me no, wɔmaa me nsa nwenweenwen. \b \q1 \v 22 Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri; \q2 ma ɛnyɛ akatua ne afide mma wɔn. \q1 \v 23 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade, \q2 na ma wɔn akyi nkuntun afebɔɔ. \q1 \v 24 Hwie wʼabufuwhyew gu wɔn so; \q2 na ma wʼabufuw huhuhuhu no mmra wɔn so. \q1 \v 25 Ma wɔn fi nyɛ amamfo; \q2 mma obiara ntena wɔn ntamadan mu. \q1 \v 26 Wɔtaa wɔn a wupira wɔn no, \q2 wɔka wɔn a wupira wɔn no yawdi ho asɛm. \q1 \v 27 Fa amumɔyɛ mu amumɔyɛ ho sobo bɔ wɔn; \q2 mma wonnya wo nkwagye mu kyɛfa. \q1 \v 28 Pepa wɔn din fi nkwa nhoma no mu, \q2 mfa wɔn din nka atreneefo de ho. \b \q1 \v 29 Mewɔ ɔyaw ne ahohiahia mu; \q2 Onyankopɔn, ma wo nkwagye no mmɔ me ho ban. \b \q1 \v 30 Mede dwonto beyi Onyankopɔn din ayɛ \q2 na mede aseda ahyɛ no anuonyam. \q1 \v 31 Eyi bɛsɔ \nd Awurade\nd* ani yiye asen nantwi, \q2 asen nantwinini a otua mmɛn na ɔwɔ tɔte. \q1 \v 32 Mmɔborɔni behu na nʼani agye, \q2 mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no koma benya nkwa. \q1 \v 33 \nd Awurade\nd* tie wɔn a ade ahia wɔn, \q2 na ommu ne nkurɔfo nneduafo animtiaa. \b \q1 \v 34 Ma ɔsoro ne asase nkamfo no, \q2 po ne nea ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa, \q1 \v 35 efisɛ Onyankopɔn begye Sion nkwa \q2 na wakyekye Yuda nkuropɔn no bio. \q1 Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn de; \q2 \v 36 Nʼasomfo asefo na wɔbɛfa hɔ, \q2 na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 70 \cl Dwom 70 \d Dawid adesrɛ dwom. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; \q2 \nd Awurade\nd* bra ntɛm bɛboa me. \q1 \v 2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no \q2 anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; \q1 ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa \q2 mfa animguase nsan wɔn akyi. \q1 \v 3 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no \q2 nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti. \q1 \v 4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa \q2 nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; \q1 ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, \q2 “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!” \b \q1 \v 5 Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo; \q2 Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. \q1 Wo ne me boafo ne me gyefo; \q2 \nd Awurade\nd*, ntwentwɛn wʼanan ase. \c 71 \cl Dwom 71 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, wo mu na maguan ahintaw; \q2 mma mʼanim ngu ase da. \q1 \v 2 Wo trenee no nti, yi me na gye me; \q2 tie me na gye me nkwa. \q1 \v 3 Yɛ me nkwagye botan, \q2 faako a metumi akɔ daa; \q1 hyɛ ma wommegye me nkwa, \q2 na wone me botan ne mʼabandennen. \q1 \v 4 Me Nyankopɔn, gye me fi amumɔyɛfo nsam, \q2 gye me fi nnebɔneyɛfo ne atirimɔdenfo nsam. \b \q1 \v 5 Na woayɛ mʼanidaso, Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 mʼahotoso fi me mmabun bere mu. \q1 \v 6 Mede me ho ato wo so fi awo mu; \q2 wo na wuyii me fii me na yafunu mu. \q2 Mɛkamfo wo daa. \q1 \v 7 Mayɛ nsɛnkyerɛnne ama bebree, \q2 nanso wo ne me guankɔbea dennen. \q1 \v 8 Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, \q2 mekamfo wʼanuonyam da mu nyinaa. \b \q1 \v 9 Ntow me nkyene bere a mabɔ akwakoraa; \q2 mʼahoɔden sa wɔ me mu a, nnyaw me. \q1 \v 10 Efisɛ mʼatamfo kasa tia me \q2 wɔn a wɔtwɛn sɛ wobekum me no bɔ mu pam me ti so. \q1 \v 11 Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no mu; \q2 momma yentiw no na yɛnkyere no, \q2 na obiara nni hɔ a obegye no.” \q1 \v 12 Me Nyankopɔn, mfi me nkyɛn nkɔ akyiri; \q2 Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me. \q1 \v 13 Ma wɔn a wɔbɔ me sobo no nsɛe wɔ animguase mu; \q2 wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me no \q2 ma ahohora ne animguase nkata wɔn so. \b \q1 \v 14 Nanso me de, menya anidaso daa; \q2 mɛkɔ so akamfo wo. \q1 \v 15 Mɛka wo trenee ho asɛm, \q2 ne wo nkwagye da mu nyinaa, \q2 nanso minnim ano. \q1 \v 16 Otumfo \nd Awurade\nd*, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛse no; \q2 mɛpae mu aka wo trenee, wo nko ara de no, akyerɛ. \q1 \v 17 Onyankopɔn, efi me mmabun bere na wokyerɛkyerɛɛ me, \q2 na ebesi nnɛ yi meka wʼanwonwade a woayɛ kyerɛ. \q1 \v 18 Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a, \q2 Onyankopɔn, nnyaw me, \q1 kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, \q2 ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa. \b \q1 \v 19 Onyankopɔn, wo trenee du ɔsorosoro, \q2 wo a woayɛ nneɛma akɛse. \q2 Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? \q1 \v 20 Mmom woama mahu ɔhaw bebree a ɛyɛ yaw; \q2 nanso wobɛma me nkwa bio; \q1 na wubeyi me bio, \q2 afi asase yam. \q1 \v 21 Wobɛhyɛ me anuonyam bebree \q2 na woakyekye me werɛ bio. \b \q1 \v 22 Mede sanku bɛkamfo wo \q2 me Nyankopɔn, wo trenee nti \q1 mɛto wʼayeyi dwom wɔ sankuten so, \q2 Israel Kronkronni. \q1 \v 23 Mʼanofafa de anigye bɛteɛ mu \q2 bere a meto dwom kamfo wo, \q2 me a woagye me no. \q1 \v 24 Me tɛkrɛma bɛka wo trenee nnwuma \q2 da mu nyinaa, \q1 efisɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no \q2 kɔ animguase ne basaayɛ mu. \c 72 \cl Dwom 72 \d Salomo dwom. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, fa wʼatɛntrenee dom ɔhene no, \q2 na fa wo trenee ma ɔhene babarima. \q1 \v 2 Ɔde trenee bebu wo nkurɔfo atɛn, \q2 obebu wo nkurɔfo a wɔrehu amane no atɛntrenee. \q1 \v 3 Mmepɔw no de yiyedi bɛbrɛ nnipa no, \q2 nkoko no de trenee bɛba. \q1 \v 4 Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufo \q2 na wagye wɔn a wonni bi mma nkwa; \q2 ɔbɛdwerɛw nhyɛsofo. \b \q1 \v 5 Owia ne ɔsram da so wɔ hɔ yi \q2 wobesuro wo awo ntoatoaso nyinaa mu. \q1 \v 6 Ɔbɛyɛ sɛ osu a ɛtɔ gu asase a wɔadɔw so so, \q2 te sɛ obosu a egugu asase so. \q1 \v 7 Atreneefo benyin frɔmfrɔm wɔ ne bere so; \q2 yiyedi bebu so akosi da a ɔsram nni hɔ bio. \b \q1 \v 8 Obedi hene afi po akosi po, \q2 afi Asubɔnten Efrata akosi asase ano. \q1 \v 9 Sare so mmusua bɛkotow nʼanim \q2 na nʼatamfo adi mfutuma. \q1 \v 10 Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri \q2 de sonkahiri bɛbrɛ no; \q1 Saba ne Seba ahemfo \q2 de ayɛyɛde bɛbrɛ no. \q1 \v 11 Ahemfo nyinaa bɛkotow no, \q2 amanaman nyinaa bɛsom no. \b \q1 \v 12 Na obegye mmɔborɔfo a wosu frɛ no, \q2 ne amanehunufo a wonni ɔboafo. \q1 \v 13 Obehu wɔn a wɔayɛ mmrɛw ne ahiafo mmɔbɔ \q2 na wagye ahiafo nkwa. \q1 \v 14 Obegye wɔn afi nhyɛso ne akakabensɛm ase, \q2 efisɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim. \b \q1 \v 15 Ɔhene nkwa so! \q2 ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfi Seba mmrɛ no. \q1 Ma nnipa mmɔ mpae mma no \q2 na wonhyira no da mu nyinaa. \q1 \v 16 Aburow mmu so wɔ asase no so nyinaa; \q2 nnuan mmu so wɔ nkoko so, \q2 ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; \q1 na enyin sɛ mfuw so sare. \q1 \v 17 Ne din bɛtena hɔ daa; \q2 ɛntena hɔ nkyɛ sɛ owia. \b \q1 Wɔbɛfa no so ahyira amanaman no, \q2 na wɔbɛfrɛ no nhyira. \b \b \q1 \v 18 Nhyira nka \nd Awurade\nd* Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn! \q2 Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade. \q1 \v 19 Nhyira nka ne din a anuonyam ahyɛ no ma no daa daa. \q2 Ma nʼanuonyam nhyɛ wiase nyinaa ma. \qc Amen! Amen! \b \b \q1 \v 20 Yisai ba Dawid mpaebɔ no awiei ni. \c 73 \ms NHOMA A ƐTO SO ABIƐSA \mr Nnwom 73–89 \cl Dwom 73 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel, \q2 oye ma wɔn a wɔn koma mu tew. \b \q1 \v 2 Nanso me de, anka me nan reyɛ awatiri; \q2 anka merehwere me nnyinaso, \q1 \v 3 efisɛ mʼani beree ahantanfo \q2 bere a mihuu amumɔyɛfo yiyedi no. \b \q1 \v 4 Wonni aperepere; \q2 na wɔwɔ ahoɔden ne apɔwmuden. \q1 \v 5 Dadwen a ɛtaa ba nnipa so biara nna wɔn so; \q2 ɔdesani haw biara nna wɔn so. \q1 \v 6 Enti ahantan yɛ wɔn kɔnmuade, \q2 na wofura akakabensɛm. \q1 \v 7 Wɔn koma a apirim no mu na nnebɔne fi; \q2 na wɔn amumɔyɛ adwene nni awiei. \q1 \v 8 Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye; \q2 wɔde nhyɛso hunahuna afoforo wɔ ahomaso mu. \q1 \v 9 Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm, \q2 na wɔn tɛkrɛma agye asase afa. \q1 \v 10 Ɛno nti wɔn nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn \q2 na wonya nsu nom ma ebu so. \q1 \v 11 Wobisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahu? \q2 Na Ɔsorosoroni no wɔ nhumu ana?” \q1 \v 12 Sɛɛ na amumɔyɛfo no te, \q2 hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyade. \b \q1 \v 13 Ampa ara, mannya hwee amfi me komamtew mu; \q2 me nsa a enni fɔ no ayɛ ɔkwa. \q1 \v 14 Da mu nyinaa mihu amane; \q2 anɔpa biara wɔtwe mʼaso. \b \q1 \v 15 Sɛ mekae se, “Mɛkasa saa” a, \q2 anka midii wo mma no huammɔ. \q1 \v 16 Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte eyinom nyinaa ase, \q2 nanso na ɛhyɛ me so \q1 \v 17 kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ; \q2 ɛhɔ na metee nea awiei no ɛbɛba wɔn so no ase. \b \q1 \v 18 Ampa ara wode wɔn gu faako a hɔ yɛ toro \q2 wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa. \q1 \v 19 Sɛnea wɔsɛe prɛko pɛ, \q2 na ehu hwim wɔn kɔ no. \q1 \v 20 Ɛte sɛ adaeso, bere a onipa anyan, \q2 \nd Awurade\nd*, sɛ wokanyan wo ho a, \q2 wubebu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a enni hɔ. \b \q1 \v 21 Bere a awerɛhow hyɛɛ me koma mu \q2 na me honhom dii yaw no, \q1 \v 22 meyɛɛ sɛ obi a onnim hwee na onni adwene; \q2 meyɛɛ sɛ aboa gyimfo wɔ wʼanim. \b \q1 \v 23 Nanso na me ne wo wɔ hɔ bere biara; \q2 na wode wo nsa nifa aso me mu. \q1 \v 24 Wode wʼafotu kyerɛ me kwan; \q2 na akyiri no, wode me bɛkɔ anuonyam mu. \q1 \v 25 Hena na mewɔ wɔ ɔsoro ka wo ho? \q2 Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho. \q1 \v 26 Me honam, ne me koma bedi me huammɔ, \q2 nanso Onyankopɔn ne me koma ahoɔden \q2 ne me kyɛfa daa nyinaa. \b \q1 \v 27 Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera. \q2 Wosɛe wɔn a wonni wo nokware nyinaa. \q1 \v 28 Nanso me de, minim sɛ eye sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn. \q2 Mede Otumfo \nd Awurade\nd* ayɛ me guankɔbea; \q2 mɛka wo nneyɛe nyinaa akyerɛ. \c 74 \cl Dwom 74 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, adɛn nti na woapo yɛn koraa yi? \q2 Adɛn nti na wʼabufuw hyew wʼadidibea nguan? \q1 \v 2 Kae nkurɔfo a wotɔɔ wɔn teteete no, \q2 abusua a ɛyɛ wʼagyapade a wugyee wɔn no, \q2 Bepɔw Sion, faako a wote hɔ. \q1 \v 3 Dan wʼanammɔntu kyerɛ saa nnwiriwii a ɛto ntwa da yi, \q2 ɔtamfo no de saa ɔsɛe yi nyinaa aba wo kronkronbea no so. \b \q1 \v 4 Wʼatamfo bobɔɔ mu wɔ faako a wuhyiaa yɛn no; \q2 wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraehyɛde wɔ hɔ. \q1 \v 5 Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua \q2 de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ. \q1 \v 6 Wɔde wɔn mmonnua ne nname \q2 bubuu nnua a wɔasen adi ho adwinni no. \q1 \v 7 Wɔhyew wo kronkronbea no dwerɛbee; \q2 woguu faako a wo Din te no ho fi. \q1 \v 8 Wɔkaa wɔ wɔn koma mu se, “Yebetiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!” \q2 Wɔhyew baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so. \q1 \v 9 Wɔmmaa yɛn nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa biara; \q2 adiyifo no asa, \q2 na yɛn mu biara nnim nna dodow a ebedi. \q1 \v 10 Onyankopɔn, wʼatamfo bɛserew wo akosi da bɛn? \q2 Wɔn a wokyi wo no begu wo din ho fi daa ana? \q1 \v 11 Adɛn nti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no? \q2 Yi fi wʼatade mmobɔwee no mu na sɛe wɔn. \b \q1 \v 12 Nanso Onyankopɔn yɛ me hene fi tete; \q2 wode nkwagye ba asase so. \q1 \v 13 Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee po mu no; \q2 wopɛtɛw nsu mu ɔwɔ no ti. \q1 \v 14 Wopɛtɛw Lewiatan no ti \q2 na wode no maa sare so abɔde sɛ wɔn aduan. \q1 \v 15 Wo na womaa nsuwa ne nsuti tuei; \q2 na womaa nsubɔnten a ɛsen yoyowee. \q1 \v 16 Adekyee wɔ wo na adesae nso yɛ wo dea; \q2 wode owia ne ɔsram sisii hɔ. \q1 \v 17 Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahye nyinaa; \q2 wobɔɔ ahohuru ne awɔw mmere. \b \q1 \v 18 \nd Awurade\nd*, kae sɛnea ɔtamfo no aserew wo, \q2 sɛnea nkwaseafo agu wo din ho fi. \q1 \v 19 Mmfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa; \q2 mma wo werɛ mfi wo nkurɔfo a wɔrehu amane no nkwa afebɔɔ. \q1 \v 20 Ma wʼapam no ho nhia wo, \q2 efisɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum mu ma. \q1 \v 21 Mma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no mmfa animguase nsan; \q2 ma ahiafo ne mmɔborɔfo nkamfo wo din. \b \q1 \v 22 Ao, Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm; \q2 kae sɛnea nkwaseafo serew wo da mu nyinaa. \q1 \v 23 Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteɛteɛmu so, \q2 wʼatamfo gyegyeegyeyɛ a ɛkɔ soro daa no. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔnto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” nne so. \c 75 \cl Dwom 75 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Onyankopɔn, yɛda wo ase, \q2 yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn; \q2 nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ. \b \q1 \v 2 Woka se, “Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no; \q2 ɛyɛ me na mibu atɛntrenee. \q1 \v 3 Sɛ asase ne so nnipa nyinaa wosow a, \q2 me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn. \q1 \v 4 Meka kyerɛ ahantanfo se, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ \q2 na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, ‘Mommma mo mmɛn so. \q1 \v 5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; \q2 mommfa animtiaabu nkasa.’ ” \b \q1 \v 6 Obiara mmfi apuei anaa atɔe \q2 anaa sare no so a obetumi ama obi so. \q1 \v 7 Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn: \q2 Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so. \q1 \v 8 Kuruwa bi hyɛ \nd Awurade\nd* nsam \q2 nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma; \q1 ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa \q2 nom ma ɛka ase puw. \b \q1 \v 9 Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa; \q2 mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn. \q1 \v 10 Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn, \q2 na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. \c 76 \cl Dwom 76 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda; \q2 ne din so wɔ Israel. \q1 \v 2 Ne ntamadan si Salem, \q2 ne tenabea wɔ Sion. \q1 \v 3 Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya, \q2 nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu. \b \q1 \v 4 Wo ho hann no hyerɛn, \q2 na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no. \q1 \v 5 Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, \q2 wɔadeda awufo nna; \q1 na akofo no mu baako mpo \q2 ntumi mma ne nsa so. \q1 \v 6 Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no \q2 apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn. \q1 \v 7 Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo. \q2 Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim? \q1 \v 8 Wubuu atɛn fii ɔsoro, \q2 asase suroe, na ɛyɛɛ komm, \q1 \v 9 bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn, \q2 de gyee amanehunufo wɔ asase no so no. \q1 \v 10 Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo, \q2 na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ. \b \q1 \v 11 Monhyɛ \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn no bɔ na munni so; \q2 momma nsase a atwa ne ho ahyia \q2 mfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no. \q1 \v 12 Ɔbrɛ sodifonom honhom ase; \q2 na asase so ahemfo suro no. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde ma Yedutun. \c 77 \cl Dwom 77 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Misu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa; \q2 misu mefrɛɛ no sɛ ontie me. \q1 \v 2 Bere a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade; \q2 metrɛw me nsa a ɛmpa abaw mu anadwo \q2 na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ. \b \q1 \v 3 Onyankopɔn mekaee wo, na misii apini; \q2 medwenee, na me honhom tɔɔ beraw. \q1 \v 4 Woamma mʼani ankum; \q2 amanehunu dodow nti, mantumi ankasa. \q1 \v 5 Medwenee nna a atwam no ho, \q2 teteete mfe no ho; \q1 \v 6 mekaee me nnwom a na meto no anadwo. \q2 Me koma dwenee ho na me honhom bisae se: \b \q1 \v 7 “Enti, \nd Awurade\nd* bɛpo yɛn daa? \q2 Ɔrenhu yɛn mmɔbɔ bio ana? \q1 \v 8 Nʼadɔe a ɛnsa da atu ayera koraa ana? \q2 Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa ana? \q1 \v 9 Onyankopɔn werɛ afi sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufo ana? \q2 Ɔde abufuw atwe nʼayamhyehye no asan ana?” \b \q1 \v 10 Afei misusuwii se, “Eyi de, mɛsrɛ: \q2 mfe a Ɔsorosoroni no teɛɛ ne nsa nifa mu no.” \q1 \v 11 Mɛkae nneɛma a \nd Awurade\nd* ayɛ; \q2 yiw, mɛkae wo tete anwonwade no. \q1 \v 12 Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho \q2 na masusuw wo nneyɛe akɛse nyinaa ho. \b \q1 \v 13 Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronkron. \q2 Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Nyankopɔn? \q1 \v 14 Wone Onyankopɔn a woyɛ anwonwade; \q2 wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu. \q1 \v 15 Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfo, \q2 Yakob ne Yosef asefo no. \b \q1 \v 16 Onyankopɔn, nsu no huu wo, \q2 nsu no huu wo na wɔpopoe; \q2 bun no mpo ho wosowee. \q1 \v 17 Omununkum tɔɔ nsu, \q2 aprannaa gyigyee wɔ ɔsoro; \q2 na wo bɛmma paa gya dii akɔneaba. \q1 \v 18 Wʼaprannaa bobɔɔ mu wɔ mfɛtɛ no mu, \q2 wʼanyinam hyerɛn wiase; \q2 asase popoe, na ɛwosowee. \q1 \v 19 Wode wo kwan faa po mu, \q2 wode faa nsu kɛse mu, \q2 nanso wɔanhu wʼanammɔn. \b \q1 \v 20 Wonam Mose ne Aaron abasa so, \q2 dii wo nkurɔfo anim sɛ nguankuw. \c 78 \cl Dwom 78 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ; \q2 monyɛ aso mma mʼanom nsɛm. \q1 \v 2 Mɛkasa wɔ abebu mu, \q2 mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no, \q1 \v 3 nneɛma a yɛate na yɛahu; \q2 nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn. \q1 \v 4 Yɛremfa nkame wɔn mma; \q2 yɛbɛka akyerɛ nkyirimma \q1 \nd Awurade\nd* nneyɛe a ɛfata nkamfo no, \q2 ne tumi ne anwonwade a wayɛ no. \q1 \v 5 Ɔyɛɛ ahyɛde maa Yakob \q2 na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel, \q1 nea ɔhyɛɛ yɛn nenanom \q2 sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma, \q1 \v 6 sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua, \q2 mpo mmofra a wonnya nwoo wɔn, \q2 na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma. \q1 \v 7 Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so, \q2 na wɔn werɛ remfi ne nneyɛe, \q2 na wobedi nʼahyɛde so. \q1 \v 8 Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom, \q2 a na wɔyɛ asoɔdenfo ne atuatewfo, \q1 wɔn a wonni Onyankopɔn nokware wɔ wɔn koma mu \q2 na woyɛ honhom mu atorofo ma no no. \b \q1 \v 9 Ɛwɔ mu sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan, \q2 nanso ɔko da no woguanee; \q1 \v 10 Wɔanni Onyankopɔn apam no so, \q2 wɔampɛ sɛ wodi ne mmara no so. \q1 \v 11 Wɔn werɛ fii nea wayɛ, \q2 anwonwade a wayɛ akyerɛ wɔn no. \q1 \v 12 Ɔyɛɛ anwonwade wɔ wɔn nenanom anim, \q2 wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so. \q1 \v 13 Ɔkyɛɛ po mu na ɔde wɔn faa mu. \q2 Ɔmaa nsu no gyinaa sɛ afasu. \q1 \v 14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awia \q2 na ɔde ogyatɛn dii wɔn anim anadwo nyinaa. \q1 \v 15 Ɔpaee ɔbotan mu wɔ sare so, \q2 na ɔmaa wɔn nsu a ɛdɔɔso sɛ po; \q1 \v 16 Ɔmaa asuti fii abotan mu \q2 na ɔmaa nsu sen sɛ nsubɔnten. \b \q1 \v 17 Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no, \q2 wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ sare no so. \q1 \v 18 Wɔhyɛɛ da kaa aduan a wɔpɛ, \q2 de sɔɔ Onyankopɔn hwɛe. \q1 \v 19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn se, \q2 “Onyankopɔn betumi ato pon wɔ sare so ana? \q1 \v 20 Ɔde ade bɔɔ ɔbotan mu no, nsu tue fii mu, \q2 na nsuwa sen buu so. \q1 Na obetumi ama yɛn aduan nso? \q2 Obetumi ama ne nkurɔfo nam ana?” \q1 \v 21 Bere a \nd Awurade\nd* tee nea wɔreka no, ne bo fuw yiye; \q2 ne gya beguu Yakob so, \q2 na nʼabufuwhyew sɔre tiaa Israel, \q1 \v 22 efisɛ na wonni Onyankopɔn mu gyidi \q2 anaasɛ ne nkwagye mu ahotoso. \q1 \v 23 Nanso ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro wɔ ɔhyɛ so; \q2 na obuee ɔsorosoro apon. \q1 \v 24 Ɔtɔɔ mana guu fam maa nnipa no sɛ wunni, \q2 ɔmaa wɔn ɔsoro aduan. \q1 \v 25 Nnipa dii abɔfo aduan; \q2 ɔmaa wɔn aduan a wobetumi adi nyinaa. \q1 \v 26 Ogyaa apuei mframa fi ɔsoro, \q2 na ofi ne tumi mu bɔɔ atɔe mframa. \q1 \v 27 Ɔtɔɔ nam sɛ mfutuma guu wɔn so, \q2 nnomaa a wotu bebree sɛ mpoano nwea. \q1 \v 28 Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenae, \q2 ne wɔn ntamadan ho nyinaa. \q1 \v 29 Wodidi maa aduan no boroo wɔn so \q2 efisɛ ɔmaa wɔn nea wɔhwehwɛ. \q1 \v 30 Nanso ansa na wobefi aduan a wɔhwehwɛ no ho, \q2 bere a ɛhyehyɛ wɔn anom mpo no, \q1 \v 31 Onyankopɔn abufuw sɔree wɔn so; \q2 okum ahoɔdenfo a wɔwɔ wɔn mu \q2 twitwaa Israel mmerante gui. \b \q1 \v 32 Eyinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne; \q2 nʼanwonwade akyi no, wɔannye anni. \q1 \v 33 Enti otwaa wɔn nna so te sɛ ahuru \q2 yɛɛ wɔn mfe awiei huhuuhu. \q1 \v 34 Bere biara a Onyankopɔn bekum wɔn no, wɔhwehwɛ no \q2 na wɔpere wɔn ho san ba ne nkyɛn. \q1 \v 35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, \q2 sɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no yɛ wɔn Gyefo. \q1 \v 36 Nanso wɔde wɔn ano bɛdaadaa no, \q2 na wɔde wɔn tɛkrɛma atwa atoro akyerɛ no; \q1 \v 37 wɔn koma nni no nokware, \q2 na wonni nʼapam no so. \q1 \v 38 Nanso na ɔyɛ ahummɔbɔ; \q2 ɔde wɔn amumɔyɛ kyɛɛ wɔn \q2 a wansɛe wɔn. \q1 Mpɛn pii, ɔtwentwɛn nʼabufuw so \q2 na wanhwie nʼabufuwhyew nyinaa. \q1 \v 39 Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa, \q2 mframa bi a ɛbɔ twa mu na ɛnsan nʼakyi. \b \q1 \v 40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ sare no so hɔ, \q2 na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anhow wɔ asase wosee no so! \q1 \v 41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ bere biara; \q2 na woyii Israel Ɔkronkronni no abufuw. \q1 \v 42 Wɔn werɛ fii ne tumi no, \q2 da a ogyee wɔn fii wɔn nhyɛsofo nsam no, \q1 \v 43 da a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne nwonwaso wɔ Misraim no \q2 ne nʼanwonwade wɔ Soan mantam mu no. \q1 \v 44 Ɔmaa wɔn nsubɔnten dan mogya; \q2 wɔantumi annom wɔn nsuten mu nsu. \q1 \v 45 Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaw wɔn \q2 na mpɔtorɔ nso bɛsɛee wɔn asase. \q1 \v 46 Ɔmaa tɛwtɛw bedii wɔn mfuw so aduan \q2 na ɔde wɔn nnɔbae nso maa mmoadabi. \q1 \v 47 Ɔde mparuwbo sɛee wɔn bobe \q2 na ɔde sukyerɛmma sɛee wɔn ankye nnua. \q1 \v 48 Ɔde sukyerɛmma kum wɔn anantwi \q2 ɔde anyinam kum wɔn nyɛmmoa. \q1 \v 49 Ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so, \q2 abufuw, anibere ne ɔtan; \q2 abɔfo asɛefo kuw no. \q1 \v 50 Ɔbɔɔ kwan maa nʼabufuw; \q2 na wamfa wɔn nkwa ankyɛ wɔn, \q2 mmom, ɔde wɔn maa ɔyaredɔm. \q1 \v 51 Okunkum Misraimfo mmakan nyinaa, \q2 Ham ntamadan mu nnipa mu abakan. \q1 \v 52 Nanso oyii ne nkurɔfo fii mu sɛ nguankuw; \q2 odii wɔn anim sɛ nguan wɔ sare no so. \q1 \v 53 Odii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro; \q2 nanso wɔn atamfo de, po asorɔkye bu faa wɔn so. \q1 \v 54 Sɛɛ na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahye so, \q2 bepɔw asase a ɔde ne nsa nifa gyee no. \q1 \v 55 Ɔpam amanaman a wɔwɔ wɔn anim no \q2 na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapade; \q2 ɔbɔɔ Israel mmusuakuw no atenase wɔ wɔn afi mu. \b \q1 \v 56 Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe, \q2 na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no; \q2 na wɔanni ne mmara so. \q1 \v 57 Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokware na wɔannya gyidi, \q2 ahotoso nni wɔn mu na wɔte sɛ agyan a asɛe. \q1 \v 58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuw \q2 na wɔn ahoni maa ne ninkutwe mu yɛɛ den. \q1 \v 59 Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuwii; \q2 na ɔpoo Israel korakora. \q1 \v 60 Ogyaw nʼatenae a ɛwɔ Silo no, \q2 ntamadan a wasi wɔ nnipa mu no. \q1 \v 61 Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommum mu, \q2 nʼanuonyam kɔɔ atamfo nsam. \q1 \v 62 Ɔde ne nkurɔfo maa afoa; \q2 ne bo fuw nʼagyapade yiye. \q1 \v 63 Ogya hyew wɔn mmerante kum wɔn, \q2 na wɔn mmabaa annya ayeforohyia dwom anto; \q1 \v 64 Wɔn asɔfo wuwuu afoa ano, \q2 na wɔn akunafo antumi ansu. \b \q1 \v 65 Afei Awurade sɔree sɛnea ofi nna mu no, \q2 sɛnea ɔbarima a wabow nsa nyan fi nnahɔɔ mu no. \q1 \v 66 Ɔbobɔɔ nʼatamfo ma woguan kɔɔ wɔn akyi; \q2 ɔhyɛɛ wɔn aniwu afebɔɔ. \q1 \v 67 Afei ɔpoo Yosef ntamadan no, \q2 na wamfa Efraim abusuakuw no nso; \q1 \v 68 Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuw no, \q2 Bepɔw Sion a ɔdɔ no no. \q1 \v 69 Osii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, \q2 te sɛ asase a etim hɔ daa. \q1 \v 70 Oyii ne somfo Dawid, \q2 ɔfrɛɛ no fii nguannan mu; \q1 \v 71 fii nguan akyi na ɔde no bae \q2 se ɔmmɛyɛ oguanhwɛfo mma ne nkurɔfo Yakob, \q2 mma Israel a wɔyɛ nʼagyapade. \q1 \v 72 Na Dawid de koma pa hwɛɛ wɔn so \q2 na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim. \c 79 \cl Dwom 79 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Ao Onyankopɔn, amanaman no atow ahyɛ wʼagyapade so; \q2 wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi, \q2 wɔama Yerusalem adan nnwiriwii. \q1 \v 2 Wɔde wʼasomfo afunu ayɛ aduan \q2 ama wim nnomaa, \q1 na wɔde wʼahotefo nam ama asase so mmoa. \q1 \v 3 Wɔahwie mogya agu te sɛ nsu \q2 wɔ Yerusalem ho nyinaa, \q2 na obiara nni hɔ a obesie awufo no. \q1 \v 4 Yɛayɛ animtiaabude ama yɛn mfɛfo, \q2 fɛwdi ne nsopa ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, enkosi da bɛn? Wo bo befuw afebɔɔ ana? \q2 Wo ninkunu bɛdɛw sɛ ogya akosi da bɛn? \q1 \v 6 Hwie wʼabufuw gu amanaman \q2 a wonnye wo nto mu no so, \q1 ahenni a \q2 wɔmmɔ wo din no; \q1 \v 7 efisɛ wɔakum Yakob \q2 na wɔasɛe nʼatenae. \q1 \v 8 Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn; \q2 ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm, \q2 na yɛwɔ ahohiahia mu. \b \q1 \v 9 Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, \q2 wo din no anuonyam nti; \q1 gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn \q2 wo din nti. \q1 \v 10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman ka se, \q2 “Wɔn Nyankopɔn wɔ he?” \q1 Yɛn anim ha ara, ma wonhu wɔ amanaman mu sɛ \q2 wotɔ wʼasomfo mogya a wɔahwie agu no so werɛ. \q1 \v 11 Ma nneduafo no apinisi nnu wʼanim; \q2 fa wo basa ahoɔden no \q2 kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no. \b \q1 \v 12 Awurade, ahohora a yɛn mfɛfo asum agu wo so no, \q2 tua wɔn so ka mpɛn ason. \q1 \v 13 Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfo, wʼadidibea nguan no, \q2 beyi wo ayɛ daa nyinaa; \q1 efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso, \q2 yɛbɛkɔ so aka wʼayeyi akyerɛ. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sanku nne so. \c 80 \cl Dwom 80 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Israel guanhwɛfo, tie yɛn, \q2 wo a wudii Yosef anim sɛnea wodi nguankuw anim; \q1 wo a wote ahengua so wɔ kerubim ntam no, hyerɛn \q2 \v 2 wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. \q1 Kanyan wo tumi; \q2 bra begye yɛn nkwa. \b \q1 \v 3 Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; \q2 ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, \q2 na wɔagye yɛn nkwa. \b \q1 \v 4 Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn, \q2 wʼabufuw bɛdɛw akosi da bɛn, \q2 wʼabufuw a etia wo nkurɔfo mpaebɔ no? \q1 \v 5 Wode nusu yɛɛ aduan maa wɔn dii; \q2 wode nusu kuruwama maa wɔn nomee. \q1 \v 6 Wode yɛn ayɛ nea yɛn mfɛfo ko ho, \q2 na yɛn atamfo serew yɛn. \q1 \v 7 Asafo Nyankopɔn, gye yɛn bio; \q2 ma wʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, \q2 na wɔagye yɛn nkwa. \b \q1 \v 8 Wutuu bobe fi Misraim beduae; \q2 wopam amanaman no na wuduae. \q1 \v 9 Wosiesiee asase no baabi maa no, \q2 egyee ntin na ɛtrɛw asase no so. \q1 \v 10 Ne nwini kataa mmepɔw no so \q2 ne mman kataa sida akɛse no so. \q1 \v 11 Ɛdennan trɛw kɔɔ Po no so, \q2 na ɛfefɛw trɛw koduu Asubɔnten no ho. \b \q1 \v 12 Adɛn nti na woabubu nʼafasu \q2 ama wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no tetew ne bobe aba no? \q1 \v 13 Kɔkɔte fi wuram bɛsɛe no pasaa \q2 na mmoadoma a wɔwɔ sare so de yɛ wɔn aduan. \q1 \v 14 Asafo Nyankopɔn, san bra yɛn nkyɛn! \q2 fi ɔsoro hɔ hwɛ na wubehu! \q1 Hwɛ saa bobe yi so, \q2 \v 15 ntin a wo nsa nifa adua no, \q2 ɔbabarima a woatetew no ama wo ho no. \b \q1 \v 16 Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu gya ama ahyew; \q2 wʼanimka ma wo nkurɔfo ase tɔre. \q1 \v 17 Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so, \q2 onipa ba a woatetew no ama wo ho no. \q1 \v 18 Afei yɛrentwe yɛn ho mfi wo nkyɛn; \q2 kanyan yɛn, na yɛbɛbɔ wo din. \b \q1 \v 19 Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn, gye yɛn bio, \q2 na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, \q2 na wɔagye yɛn nkwa. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto sɛ “gittit” sanku nne so. \c 81 \cl Dwom 81 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Monto ahurusi dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden; \q2 mommɔ ose mma Yakob Nyankopɔn no! \q1 \v 2 Momma nnwom no so na monwosow akasaa. \q1 Mommɔ sanku ne bɛnta dɛdɛ no. \b \q1 \v 3 Monhyɛn mmentia ɔsram foforo da no, \q2 ne ne kurokumatwa mu, yɛn Aponto da no; \q1 \v 4 Eyi yɛ Israelfo ahyɛde, \q2 Yakob Nyankopɔn mmara. \q1 \v 5 Otintimii sɛ nhyehyɛe maa Yosef \q2 bere a ɔsɔre tiaa Misraim no, \q2 faako a yɛtee kasa a yɛnte ase no. \b \q1 \v 6 Ɔka se, “Miyii adesoa no fii wɔn mmati so, \q2 ne wɔn nsa fii kɛntɛn ho. \q1 \v 7 Mo ahohiahia mu mofrɛɛ me na migyee mo, \q2 migyee mo so wɔ aprannaa mu; \q2 mesɔɔ mo hwɛɛ wɔ Meriba nsu ho. \b \q1 \v 8 “Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi, \q2 Israel, sɛ mubetie me a! \q1 \v 9 Ɛnsɛ sɛ munya anyame foforo bi wɔ mo mu; \q2 ɛnsɛ sɛ mokotow ananafo anyame. \q1 \v 10 Mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn a \q2 miyii mo fii Misraim asase so no. \q2 Mummue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma. \b \q1 \v 11 “Nanso me nkurɔfo rentie me; \q2 Israel remmrɛ ne ho ase mma me. \q1 \v 12 Enti migyaa wɔn maa wɔn komaden \q2 sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ biara. \b \q1 \v 13 “Sɛ me nkurɔfo tie me, \q2 na Israel nantew mʼakwan so a, \q1 \v 14 anka medi wɔn atamfo so ama wɔn ntɛm \q2 na mama me basa so atia wɔn a wokyi wɔn! \q1 \v 15 Wɔn a wɔtan \nd Awurade\nd* no de osuro bɛkotow no, \q2 na wɔn asotwe to rentwa da. \q1 \v 16 Nanso wɔde atoko mu atoko papa bɛma mo adi; \q2 mede ɔbotan mu wo bɛma mo amee.” \c 82 \cl Dwom 82 \d Asaf dwom. \q1 \v 1 Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu; \q2 obu atɛn wɔ “anyame” mu. \b \q1 \v 2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban \q2 na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn? \q1 \v 3 Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; \q2 mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban. \q1 \v 4 Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo; \q2 munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam. \b \q1 \v 5 “Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase. \q2 Wokyinkyin wɔ sum mu; \q2 na asase fapem nyinaa wosow. \b \q1 \v 6 “Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;” \q2 mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ \q1 \v 7 Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ; \q2 na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.” \q1 \v 8 Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; \q2 efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de. \c 83 \cl Dwom 83 \d Asaf Dwom. \q1 \v 1 Ao, Onyankopɔn, ntena hɔ komm; \q2 mmua wʼano, Ao, Onyankopɔn, keka wo ho. \q1 \v 2 Hwɛ sɛnea wʼatamfo keka wɔn ho fa, \q2 na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn ti so. \q1 \v 3 Wɔde anifere repam atia wo nkurɔfo, \q2 wɔrepam atia wɔn a wo koma da wɔn so no. \q1 \v 4 Wɔka se, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, \q2 sɛnea wɔrenkae Israel din bio.” \q1 \v 5 Wɔde adwene koro bɔ pɔw; \q2 na wɔpam tia wo, \q1 \v 6 Edom ntamadan ne Ismaelfo, \q2 Moabfo ne Hagarfo, \q1 \v 7 Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo, \q2 Filistifo ne Tirofo. \q1 \v 8 Asiria mpo akɔka wɔn ho \q2 de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefo de no mu den. \b \q1 \v 9 Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midian, \q2 sɛnea woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no, \q1 \v 10 wɔn a wɔsɛe wɔ En-Dor \q2 na wɔdan nwura no. \q1 \v 11 Yɛ wɔn atitiriw sɛ Oreb ne Seeb, \q2 ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna, \q1 \v 12 a wɔkae se, “Momma yɛmfa \q2 Onyankopɔn adidibea nsase no no.” \b \q1 \v 13 Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ mfɛtɛ mu mfutuma, \q2 sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu. \q1 \v 14 Sɛnea ogya hyew kwae, \q2 na ogyatannaa so nkoko mu hyew no no, \q1 \v 15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn \q2 na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn. \q1 \v 16 Ma animguase nka wɔn, \q2 na ama nnipa ahwehwɛ wo din akyi kwan, \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 17 Ma wɔn anim ngu ase na wonni yaw; \q2 ma wonwuwu wɔ animguase mu. \q1 \v 18 Ma wonhu sɛ wo a wo din de \nd Awurade\nd* no, \q2 wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no wɔ gittit sanku nne so. \c 84 \cl Dwom 84 \d Koramma dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* Asafo, \q2 wʼatenae hɔ yɛ ahomeka! \q1 \v 2 Me kra pere, mpo ɛtɔ beraw, \q2 sɛ ɔbɛkɔ \nd Awurade\nd* adiwo; \q1 me koma ne me honam teɛ mu \q2 frɛ Onyankopɔn teasefo. \b \q1 \v 3 Mpo akasanoma anya ofi, \q2 na asomfena nso anwen ne berebuw, \q2 faako a obesow ne mma \q1 wɔ beae bi a ɛbɛn wʼafɔremuka, \q2 \nd Awurade\nd* Asafo, me Hene ne me Nyankopɔn. \q1 \v 4 Nhyira nka wɔn a wɔte wo fi; \q2 na wɔkamfo wo din daa. \b \q1 \v 5 Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, \q2 na wɔde wɔn koma fi akwantu ase kɔhwehwɛ wo. \q1 \v 6 Sɛ wɔfa Baka Bon no mu a \q2 wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa; \q2 asusow bere nsu so taataa hɔ. \q1 \v 7 Wɔkɔ no ahoɔden so bere nyinaa, \q2 kosi sɛ wɔn mu biara bepue Onyankopɔn anim wɔ Sion. \b \q1 \v 8 Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn, tie me mpaebɔ; \q2 Yakob Nyankopɔn, yɛ aso ma me. \q1 \v 9 Ao, Onyankopɔn, hwɛ yɛn nkatabo; \q2 fa ahummɔbɔ hwɛ nea woasra no ngo no. \b \q1 \v 10 Wʼadiwo hɔ da koro tena \q2 ye sen nnafua apem wɔ baabi foforo; \q1 mepɛ sɛ mɛyɛ ɔponanohwɛfo wɔ Onyankopɔn fi \q2 sen sɛ mɛtena amumɔyɛfo ntamadan mu. \q1 \v 11 Efisɛ \nd Awurade\nd* Nyankopɔn yɛ owia ne kyɛm; \q2 \nd Awurade\nd* hu mmɔbɔ na ɔhyɛ anuonyam; \q1 ɔmmfa ade pa biara nkame \q2 wɔn a wɔteɛ. \b \q1 \v 12 Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 85 \cl Dwom 85 \d Koramma dwom. \q1 \v 1 Wo \nd Awurade\nd*, wodom wʼasase; \q2 wode Yakob ahonyade san maa no. \q1 \v 2 Wode wo nkurɔfo bɔne kyɛɛ wɔn \q2 na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so. \q1 \v 3 Wode wʼabufuw nyinaa too nkyɛn \q2 na wodan fii wʼabufuwhyew ho. \b \q1 \v 4 San gye yɛn bio, Onyankopɔn, yɛn Gyefo, \q2 na ma wʼani nnye yɛn ho. \q1 \v 5 Wo bo befuw yɛn akosi daa ana? \q2 Wʼabufuw bɛtoa so akɔ awo ntoantoaso nyinaa so ana? \q1 \v 6 Worenhyɛ yɛn den bio, \q2 na ama wo nkurɔfo asɛpɛw wɔn ho wɔ wo mu ana? \q1 \v 7 \nd Awurade\nd*, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no, \q2 na ma yɛn wo nkwagye no. \b \q1 \v 8 Metie nea \nd Awurade\nd* Nyankopɔn bɛka; \q2 ɔde asomdwoe hyɛ ne nkurɔfo, ahotefo no bɔ, \q2 enti ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔ agyimisɛm ho. \q1 \v 9 Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no, \q2 na nʼanuonyam bɛtena yɛn asase so. \b \q1 \v 10 Ɔdɔ ne nokwaredi behyia, \q2 na trenee ne asomdwoe befew wɔn ho wɔn ho ano. \q1 \v 11 Nokwaredi bepue afi asase no so, \q2 na trenee ahwɛ afi ɔsoro. \q1 \v 12 \nd Awurade\nd* bɛma yɛn nea eye ampa ara \q2 na yɛn asase bɛma ne nnɔbae. \q1 \v 13 Trenee di nʼanim \q2 siesie ɔkwan ma nʼanammɔntu. \c 86 \cl Dwom 86 \d Dawid mpaebɔ. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, tie me na gye me so, \q2 efisɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni. \q1 \v 2 Bɔ me nkwa ho ban, efisɛ mede me ho ama wo. \q2 Wo ne me Nyankopɔn, gye wʼakoa a \q2 ɔde ne ho to wo so. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd*, hu me mmɔbɔ, \q2 na misu frɛ wo daa nyinaa. \q1 \v 4 Ma wʼakoa ani nnye, \q2 na wo \nd Awurade\nd*, wo nkyɛn \q2 na mema me kra so ba. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, wuye na wode bɔne kyɛ, \q2 wowɔ ɔdɔ mmoroso ma wɔn a wosu frɛ wo nyinaa. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd*, tie me mpaebɔ; \q2 tie me mmɔborɔsu. \q1 \v 7 Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu, \q2 na wubegye me so. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd*, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo; \q2 na wɔn nnwuma biara nto wo de. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd*, aman a woakyekyere nyinaa \q2 bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; \q2 wɔbɛba abɛhyɛ wo din anuonyam. \q1 \v 10 Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma; \q2 wo nko ara ne Onyankopɔn. \b \q1 \v 11 \nd Awurade\nd*, kyerɛ me wʼakwan, \q2 na mɛnantew wo nokware mu; \q1 ma memfa me koma nyinaa mma wo \q2 na masuro wo din. \q1 \v 12 Mede me koma nyinaa meyi wo ayɛ, Awurade me Nyankopɔn \q2 na mahyɛ wo din anuonyam daa nyinaa. \q1 \v 13 Efisɛ ɔdɔ a wode dɔ me no so; \q2 woayi me afi owu amoa mu tɔnn. \b \q1 \v 14 Ao, Onyankopɔn, ahomasofo atow ahyɛ me so; \q2 basabasayɛfo kuw rehwehwɛ me akum me, \q2 nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no. \q1 \v 15 Nanso wo, \nd Awurade\nd*, woyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo Nyankopɔn, \q2 wo bo kyɛ fuw, na wʼadɔe ne wo nokware dɔɔso. \q1 \v 16 Dan wʼani hwɛ me na dom me; \q2 fa wʼahoɔden ma wʼakoa \q2 na gye wʼafenaa babarima nkwa. \q1 \v 17 Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnne, \q2 na mʼatamfo nhu na wɔn anim ngu ase \q2 na wo, \nd Awurade\nd*, wo na woaboa me akyekye me werɛ. \c 87 \cl Dwom 87 \d Koramma dwom. \q1 \v 1 Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so; \q2 \v 2 \nd Awurade\nd* dɔ Sion apon no \q2 sen Yakob atenae nyinaa. \q1 \v 3 Wɔka wo ho anuonyamsɛm \q2 Onyankopɔn kuropɔn: \q1 \v 4 “Mede Rahab ne Babilonia \q2 bɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho, \q1 Filistia, Tiro ne Kus nso \q2 na maka se, ‘Wɔwoo eyinom wɔ Sion.’ ” \b \q1 \v 5 Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se, \q2 “Wɔwoo oyi ne ɔno wɔ no mu, \q2 na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim hɔ.” \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* bɛkyerɛw wɔ nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se, \q2 “Wɔwoo oyi wɔ Sion.” \q1 \v 7 Na wɔbɛto dwom se, \q2 “Me ntin nyinaa wɔ wo mu.” \d Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sanku so. \c 88 \cl Dwom 88 \d Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn \q2 misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae. \q1 \v 2 Ma me mpaebɔ nnu wʼanim; \q2 brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ. \b \q1 \v 3 Ɔhaw ahyɛ me kra ma \q2 na me nkwa rebɛn owu. \q1 \v 4 Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no; \q2 mete sɛ obi a onni ahoɔden. \q1 \v 5 Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu, \q2 te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu, \q1 wɔn a wonkae wɔn bio, \q2 na wonhwɛ wɔn bio. \b \q1 \v 6 Woatow me akyene ɔda ase tɔnn, \q2 wɔ sum kabii mu. \q1 \v 7 Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so; \q2 woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so. \q1 \v 8 Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn \q2 woama me ho ayɛ wɔn ahi. \q1 Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan; \q2 \v 9 awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu. \b \q1 \nd Awurade\nd* misu frɛ wo da biara; \q2 metrɛw me nsam kyerɛ wo. \q1 \v 10 Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana? \q2 Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana? \q1 \v 11 Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu, \q2 anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana? \q1 \v 12 Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum, \q2 anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana? \b \q1 \v 13 Nanso \nd Awurade\nd*, misu frɛ wo sɛ boa me; \q2 me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu. \q1 \v 14 Adɛn, \nd Awurade\nd*, na wopo me \q2 na wode wʼanim hintaw me? \b \q1 \v 15 Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu; \q2 wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw. \q1 \v 16 Wʼabufuwhyew abu afa me so; \q2 wʼahunahuna asɛe me. \q1 \v 17 Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri, \q2 na wɔabu afa me so koraa. \q1 \v 18 Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ; \q2 na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ. \c 89 \cl Dwom 89 \d Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom. \q1 \v 1 Mɛto \nd Awurade\nd* adɔe ho dwom daa daa; \q2 mede mʼano bɛda wo nokwaredi adi awo ntoatoaso nyinaa mu. \q1 \v 2 Mɛka se wʼadɔe no tim hɔ daa nyinaa, \q2 na woatim wo nokwaredi wɔ ɔsoro hɔ ankasa. \b \q1 \v 3 Wokae se, “Mene onipa a mayi no no ayɛ apam; \q2 maka ntam akyerɛ me somfo Dawid. \q1 \v 4 ‘Mɛma wʼase atim hɔ daa \q2 na wʼahengua nso atim wɔ awo ntoantoaso nyinaa mu.’ ” \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, ɔsorosorofo kamfo wʼanwonwade, \q2 na wo nokwaredi nso, wɔkamfo wɔ ahotefo asafo mu. \q1 \v 6 Na hena na ɔne wo \nd Awurade\nd* sɛ wɔ ɔsoro hɔ? \q2 Hena na ɔte sɛ \nd Awurade\nd* wɔ ɔsoro abɔde mu? \q1 \v 7 Akronkronfo agyinatufo mu, wosuro Onyankopɔn; \q2 wɔde osuro kɛse ma Onyankopɔn wɔ akronkronfo nhyiamu ase. \q1 \v 8 Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? \q2 Wo, \nd Awurade\nd*, woyɛ ɔkɛse na wo nokwaredi atwa wo ho ahyia. \b \q1 \v 9 Wudi po a ɛworo no so; \q2 nʼasorɔkye bobɔ kɔ soro a, wobrɛ no ase. \q1 \v 10 Wodwerɛw Rahab sɛ atɔfo no mu baako; \q2 wode wo basa dennen no bɔɔ wʼatamfo pansamee. \q1 \v 11 Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo; \q2 wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa wo na wufii ase. \q1 \v 12 Wobɔɔ atifi ne anafo. \q2 Tabor ne Hermon de ahosɛpɛw to dwom ma wo din. \q1 \v 13 Tumi ayɛ wo basa ma; \q2 wo nsam wɔ ahoɔden, woama wo nsa nifa so. \b \q1 \v 14 Wʼahengua no fapem yɛ trenee ne atɛntrenee; \q2 adɔe ne nokwaredi di wʼanim. \q1 \v 15 Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛnea wɔbɔ wo abodin, \q2 wɔn a wɔnantew wʼanim hann no mu, \nd Awurade\nd*. \q1 \v 16 Wogye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa; \q2 wodi ahurusi wɔ wo trenee mu. \q1 \v 17 Wone wɔn anuonyam ne ahoɔden, \q2 na wʼadom nti yɛyɛ nkonimdifo. \q1 \v 18 Ampa ara, yɛn kyɛm wɔ \nd Awurade\nd*, \q2 na yɛn hene wɔ Israel Kronkronni no. \b \q1 \v 19 Da bi wokasaa wɔ anisoadehu mu, \q2 kyerɛɛ wʼahotefo se, \q1 “Madom ɔkofo bi ahoɔden; \q2 mapagyaw aberante bi afi nnipa no mu. \q1 \v 20 Mahu Dawid, me somfo; \q2 mede me ngo kronkron no asra no. \q1 \v 21 Me nsa bɛwowaw no; \q2 ampa ara me basa bɛhyɛ no den. \q1 \v 22 Ɔtamfo biara renhyɛ no sɛ ontua tow; \q2 omumɔyɛfo biara rentumi nhyɛ no so. \q1 \v 23 Mɛdwerɛw nʼatamfo wɔ nʼanim \q1 na mabobɔ nʼahohiahiafo ahwe fam. \q1 \v 24 Me nokware adɔe bɛka ne ho, \q2 na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so. \q1 \v 25 Mɛtrɛw nʼahye mu akosi po so, \q2 na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔnten so. \q1 \v 26 Ɔbɛfrɛ me aka se, ‘Wone mʼagya, \q2 me Nyankopɔn, me nkwagye botan.’ \q1 \v 27 Mɛyɛ no mʼabakan, \q2 asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛse. \q1 \v 28 Mɛma mʼadɔe a mewɔ ma no no atena hɔ daa, \q2 na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa. \q1 \v 29 Mɛma nʼase atim afebɔɔ, \q2 nʼahengua nso betim hɔ akosi sɛ ɔsoro betwa mu. \b \q1 \v 30 “Sɛ ne mmabarima po me mmara \q2 na sɛ wɔanni mʼahyɛde so, \q1 \v 31 sɛ wobu mʼahyɛde so \q2 na sɛ wɔanni me hyɛ nsɛm so a, \q1 \v 32 ɛno de mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho \q2 na wɔn amumɔyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso; \q1 \v 33 Nanso merennyae mʼadɔe a meyɛ ma no no \q2 na mɛkɔ so adi no nokware. \q1 \v 34 Meremmu mʼapam no so \q2 na merensesa nea mede mʼano aka no. \q1 \v 35 Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko, \q2 na merentwa Dawid atoro da, \q1 \v 36 meremma nʼase ntɔre da \q2 na nʼahengua nso betim wɔ mʼanim te sɛ owia; \q1 \v 37 ebetim hɔ daa te sɛ ɔsram, \q2 ɔdanseni nokwafo a ɔwɔ wim no.” \b \q1 \v 38 Nanso woapo no, woapa nʼakyi, \q2 wo bo afuw nea woasra no ngo no. \q1 \v 39 Woagu apam a wo ne wo somfo pamee no, \q2 woagu nʼahenkyɛw ho fi wɔ mfutuma mu. \q1 \v 40 Woabubu nʼafasu nyinaa \q2 ama nʼabandennen adan nnwiriwii. \q1 \v 41 Wɔn a wotwa mu wɔ hɔ nyinaa fow no fa; \q2 na wayɛ aniwude ama ne mfɛfo. \q1 \v 42 Woama nʼatamfo nsa nifa so; \q2 ama wɔn nyinaa di ahurusi. \q1 \v 43 Woama nʼafoa ayɛ ɔkwa, \q2 na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu. \q1 \v 44 Wode nʼanuonyam aba awiei \q2 na woatow nʼahengua akyene fam. \q1 \v 45 Woatwa ne mmerantebere nna so \q2 na wode animguase nguguso akata no so. \b \q1 \v 46 \nd Awurade\nd*, enkosi da bɛn? Na wode wo ho behintaw? \q2 Wʼabufuwhyew bɛkɔ so adɛw akosi da bɛn? \q1 \v 47 Kae sɛnea me nkwanna twa mu ntɛm so. \q2 Efisɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ ade a etwa mu ntɛm so! \q1 \v 48 Hena na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da? \q2 Anaasɛ hena na obetumi agye ne ho afi owu tumi nsam? \q1 \v 49 Awurade, ɛhe na wo tete adɔe kɛse no wɔ, \q2 nea wufi wo nokwaredi mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no? \q1 \v 50 Kae, Awurade, sɛnea wɔadi wo somfo ho fɛw \q2 ne sɛnea manya koma ama amanaman no akutiabɔ, \q1 \v 51 \nd Awurade\nd*, akutiabɔ a wʼatamfo de adi fɛw \q2 de adi nea woasra no ngo no anammɔntu biara ho fɛw. \b \b \q1 \v 52 Ayeyi nka \nd Awurade\nd* daa! \qr Amen, Amen. \c 90 \ms NHOMA A ƐTO SO ANAN \mr Nnwom 90–106 \cl Dwom 90 \d Onyankopɔn nipa Mose mpaebɔ. \q1 \v 1 Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea \q2 awo ntoatoaso nyinaa mu. \q1 \v 2 Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔw \q2 anaasɛ worebɛda asase ne wiase adi no, \q2 na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten. \b \q1 \v 3 Woma adesamma san dan mfutuma, \q2 ka se, “Mo adesamma, monsan nkɔ mfutuma mu.” \q1 \v 4 Mfirihyia apem yɛ wʼani so sɛ \q2 da koro a abɛsen mprempren, \q2 anaasɛ anadwo mu dɔnhwerew kakraa bi. \q1 \v 5 Wopra nnipa kɔ, wɔ owu nna mu; \q2 wɔte sɛ sare a afefɛw anɔpa, \q1 \v 6 ɛfefɛw yɛ frɔmfrɔm anɔpa de, \q2 nanso anwummere ɛwo na etwintwam. \b \q1 \v 7 Yɛresa wɔ wʼabufuw ano \q2 na wʼanibere abɔ yɛn hu. \q1 \v 8 Wode yɛn amumɔyɛ asi wʼanim, \q2 na yɛn kokoa mu bɔne da wʼanim hann no mu. \q1 \v 9 Yɛn nna nyinaa twa mu wɔ wʼabufuwhyew mu; \q2 na yɛde awerɛhowdi na ewie yɛn mfe. \q1 \v 10 Yɛn nkwa nna si mfe aduɔson, \q2 anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; \q1 na mu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow, \q2 na etwa mu ntɛmntɛm, na yetu kɔ. \b \q1 \v 11 Sɛ anka yebehu sɛ wʼabufuw mu tumi te ɛ! \q2 Wʼabufuwhyew kɛse te sɛnea wo ho suro te. \q1 \v 12 Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte, \q2 na yɛanya nyansa koma. \b \q1 \v 13 Tɔ wo bo ase, \nd Awurade\nd*, enkosi da bɛn? \q2 Hu wʼasomfo mmɔbɔ. \q1 \v 14 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no mmee yɛn adekyee mu, \q2 na yɛde anigye ato dwom adi ahurusi yɛn nna nyinaa mu. \q1 \v 15 Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodow a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no, \q2 sɛ mfirihyia dodow a yehuu ateetee no. \q1 \v 16 Ma wʼasomfo nhu wo nneyɛe \q2 na wɔn mma nhu wʼanuonyam. \b \q1 \v 17 Ma Awurade yɛn Nyankopɔn adom no ntena yɛn so; \q2 na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye mma yɛn; \q2 yiw, ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye. \c 91 \cl Dwom 91 \q1 \v 1 Nea ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no biara \q2 bɛhome wɔ Otumfo no nwini ase. \q1 \v 2 Mese \nd Awurade\nd* se, “Ɔyɛ me guankɔbea ne mʼabandennen, \q2 me Nyankopɔn a mewɔ no mu ahotoso.” \b \q1 \v 3 Ampa ara, obegye wo afi firisumfo afiri \q2 ne owuyare mu. \q1 \v 4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo so; \q2 na ne ntaban ase na wubenya guankɔbea; \q2 ne nokware bɛyɛ wo nkatabo ne wo kyɛm. \q1 \v 5 Worensuro ɔdasu mu ɔsɛe, \q2 anaa bɛmma a etu awia, \q1 \v 6 anaa owuyare a ɛba sum mu, \q2 anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe ade wɔ owigyinae bere. \q1 \v 7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu, \q2 na mpem du atotɔ wo nifa a, \q2 wo de, ɛremmɛn wo. \q1 \v 8 Wʼaniwa nko ara na wode bɛhwɛ \q2 na woahu nnebɔneyɛfo asotwe. \b \q1 \v 9 Sɛ woka se, “Awurade ne me guankɔbea,” \q2 na wode Ɔsorosoroni no hɔ yɛ wo tenabea a, \q1 \v 10 ɔhaw biara remmunkam wo so, \q2 na ɔsɛe biara remmɛn wo ntamadan. \q1 \v 11 Efisɛ Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho ban \q2 na wɔabɛwɛn wo wʼakwan nyinaa mu; \q1 \v 12 wɔde wɔn nsa bɛma wo so, \q2 na wo nan ampem ɔbo. \q1 \v 13 Wubetiatia gyata ne aprammiri so, \q2 wobɛnantew gyataforo ne ɔwɔ so. \b \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* ka se, “Esiane sɛ ɔdɔ me nti, megye no; \q2 mɛbɔ ne ho ban, efisɛ ogye me din to mu. \q1 \v 15 Ɔbɛfrɛ me na megye ne so; \q2 mɛka ne ho wɔ amanehunu mu, \q2 megye no na mahyɛ no anuonyam. \q1 \v 16 Mɛma nkwa nna a ɛware amee no \q2 na makyerɛ no me nkwagye.” \c 92 \cl Dwom 92 \d Dwom a wɔto no Homeda. \q1 \v 1 Eye sɛ wɔkamfo wo \nd Awurade\nd* \q2 na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni, \q1 \v 2 na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa \q2 ne wo nokware anadwo, \q1 \v 3 wɔ hama du sanku so \q2 ne sankuten nnwom mu. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd*, wo nneyɛe ma mʼani gye; \q2 mede anigye to nnwom, wo nsa ano nnwuma nti. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, wo nnwuma yɛ akɛse, \q2 na wo nyansa mu dɔ! \q1 \v 6 Agyimifo nnim \q2 na nkwaseafo nte ase, \q1 \v 7 amumɔyɛfo benyin sɛ sare \q2 na abɔnefo bɛyɛ frɔmfrɔm de, \q1 nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa. \b \q1 \v 8 Na wo \nd Awurade\nd*, wɔayɛ wo ɔkɛse afebɔɔ. \b \q1 \v 9 \nd Awurade\nd*, ampa ara, \q2 wʼatamfo bɛyera; \q2 na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa. \q1 \v 10 Woama me ahoɔden te sɛ ɛko; \q2 woahwie ngohuam papa agu me so. \q1 \v 11 Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi, \q2 mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono. \b \q1 \v 12 Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ abedua, \q2 wobenyin sɛ Lebanon sida; \q1 \v 13 nea wɔadua wɔ \nd Awurade\nd* fi, \q2 wobenyin frɔmfrɔm wɔ yɛn Nyankopɔn adiwo hɔ. \q1 \v 14 Wɔbɛkɔ so asow aba, onyinkyɛ mu mpo, \q2 wɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono, \q1 \v 15 de akyerɛ sɛ, “\nd Awurade\nd* yɛ ɔtreneeni; \q2 ɔyɛ me botan, na atirimɔdensɛm biara nni ne mu.” \c 93 \cl Dwom 93 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no; \q2 wɔde tumi ahentade ahyɛ \nd Awurade\nd* \q2 na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode. \q1 Wɔde wiase atim hɔ pintinn; \q2 na wɔrentumi ntutu. \q1 \v 2 Wʼahengua tim hɔ fi tete; \q2 na wowɔ hɔ fi mmeresanten. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd*, po ama wɔn ho so, \q2 po ama wɔn nne so; \q2 po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so. \q1 \v 4 Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu, \q2 nea ɔwɔ tumi sen po nworoso, \q2 \nd Awurade\nd* a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn; \q2 kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam \q2 daa nyinaa. \c 94 \cl Dwom 94 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, Onyankopɔn a wotɔ were, \q2 Onyankopɔn a wotɔ were, hyerɛn. \q1 \v 2 Sɔre, asase so Temmufo, \q2 tua ahantanfo ka sɛnea ɛfata wɔn. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd*, enkosi da bɛn, \q2 amumɔyɛfo nnye wɔn ani nkosi da bɛn? \b \q1 \v 4 Wɔkasa ahantan so; \q2 ahohoahoa ahyɛ abɔnefo nyinaa ma. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, wɔdwerɛw wo nkurɔfo; \q2 wɔhyɛ wʼagyapade so. \q1 \v 6 Wokunkum akunafo ne ananafo; \q2 na wodi ayisaa awu. \q1 \v 7 Wɔka se, “\nd Awurade\nd* nhu, \q2 Yakob Nyankopɔn ayi nʼani.” \b \q1 \v 8 Monhwɛ yiye, mo agyimifo a mowɔ nnipa no mu; \q2 nkwaseafo, da bɛn na mubehu nyansa? \q1 \v 9 Nea ɔbɔɔ aso no rente asɛm ana? \q2 Nea ɔyɛɛ ani no renhu ade ana? \q1 \v 10 Nea ɔteɛteɛ aman so no rentwe aso ana? \q2 Nea ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa ana? \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* nim onipa nsusuwii; \q2 onim sɛ enkosi hwee. \b \q1 \v 12 \nd Awurade\nd*, nhyira ne onipa a woteɛteɛ no so, \q2 onipa a wokyerɛ no wo mmara no; \q1 \v 13 Woma ɔhome fi amanehunu nna mu, \q2 kosi sɛ wobetu amoa ama amumɔyɛfo. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* rempo ne nkurɔfo; \q2 na ɔrennyaw nʼagyapade hɔ da. \q1 \v 15 Atemmu begyina treneeyɛ so bio, \q2 na wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa bedi so. \b \q1 \v 16 Hena na ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo ama me? \q2 Hena na ɔbɛsɔre atia abɔnefo ama me? \q1 \v 17 Sɛ \nd Awurade\nd* ammoa me a, \q2 anka mekɔɔ owu kommyɛ mu ntɛm so. \q1 \v 18 Bere a mekae se, “Me nan rewatiri” no, \q2 \nd Awurade\nd*, wo dɔ no soo me mu. \q1 \v 19 Bere a me dadwen dɔɔso no, \q2 wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam. \b \q1 \v 20 Ahengua a porɔwee ahyɛ no mma no ne wo wɔ ayɔnkofa ana? \q2 Ahengua a ne hyɛ nsɛm de amanehunu na ɛba no? \q1 \v 21 Wɔka bɔ mu tia atreneefo \q2 na wɔn a wodi bem no, wobu wɔn kumfɔ. \q1 \v 22 Nanso \nd Awurade\nd* yɛ mʼaban; \q2 na me Nyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na minya ahintawee. \q1 \v 23 Obetua wɔn nnebɔne no so ka \q2 na wɔn amumɔyɛ nti wasɛe wɔn; \q2 \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn. \c 95 \cl Dwom 95 \q1 \v 1 Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigye so mma \nd Awurade\nd*; \q2 momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye Botan no. \q1 \v 2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, \q2 na yɛmfa ahosɛpɛw nnwom mma no so. \b \q1 \v 3 Efisɛ \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn kɛse, \q2 ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so. \q1 \v 4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, \q2 na mmepɔw mpampam wɔ no. \q1 \v 5 Po wɔ no, ɔno na ɔbɔe, \q2 na ne nsa na ɛnwenee asase kesee no. \b \q1 \v 6 Mommra, mma yɛnkotow nsom no. \q2 Momma yemmu nkotodwe wɔ \nd Awurade\nd* yɛn Yɛfo no anim! \q1 \v 7 Ɔyɛ yɛn Nyankopɔn; \q2 yɛyɛ ne didibea nnipa, \q2 ne nguankuw a ɔhwɛ wɔn so. \b \q1 Nnɛ, sɛ mote ne nne a, \q2 \v 8 mummpirim mo koma sɛnea moyɛɛ wɔ Meriba no, \q2 sɛnea moyɛɛ da no wɔ Masa, sare no so no, \q1 \v 9 Ɛhɔ no, mo mpanyimfo sɔɔ no hwɛe, \q2 a na wonim nea meyɛ maa wɔn. \q1 \v 10 Me bo fuw saa nnipa no mfe aduanan \q2 na mekae se, “Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, \q2 na wɔanhu mʼakwan.” \q1 \v 11 Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se, \q2 “Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.” \c 96 \cl Dwom 96 \q1 \v 1 Monto dwom foforo mma \nd Awurade\nd*; \q2 asase nyinaa monto dwom mma \nd Awurade\nd*. \q1 \v 2 Monto dwom mma \nd Awurade\nd*, monkamfo ne din; \q2 mompae mu nka ne nkwagye no daa daa. \q1 \v 3 Monka nʼanuonyam wɔ amanaman mu, \q2 monka nʼanwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* yɛ ɔkɛse na nkamfo fata no; \q2 ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa. \q1 \v 5 Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa, \q2 nanso \nd Awurade\nd* na ɔbɔɔ ɔsoro. \q1 \v 6 Anuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; \q2 ahoɔden ne anuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ. \b \q1 \v 7 Momfa mma \nd Awurade\nd*, amanaman mmusuakuw, \q2 momfa anuonyam ne tumi mma \nd Awurade\nd*. \q1 \v 8 Momfa anuonyam ne din a ɛfata mma \nd Awurade\nd*; \q2 momfa afɔrebɔde nhyɛn nʼadiwo hɔ. \q1 \v 9 Monsɔre \nd Awurade\nd* wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; \q2 asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim. \b \q1 \v 10 Monka nkyerɛ aman nyinaa se, “\nd Awurade\nd* di hene.” \q2 Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn, wɔrentumi ntutu; \q2 ɔde pɛpɛyɛ bebu nnipa atɛn. \q1 \v 11 Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurusi; \q2 momma po ne mu nneɛma nyinaa nworo; \q2 \v 12 Momma mfuw ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose; \q1 momma kwae mu nnua nyinaa mfa ahosɛpɛw nto nnwom. \q2 \v 13 Momma abɔde nyinaa nni ahurusi wɔ \nd Awurade\nd* anim, efisɛ ɔreba, \q2 ɔreba abebu asase no atɛn. \q1 Ɔde trenee bebu wiase atɛn \q2 na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokware mu. \c 97 \cl Dwom 97 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* di hene, ma asase ani nnye; \q2 ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho. \b \q1 \v 2 Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia; \q2 trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem. \q1 \v 3 Ogya di nʼanim \q2 na ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa. \q1 \v 4 Nʼanyinam hyerɛn wiase; \q2 asase hu na ne ho popo. \q1 \v 5 Mmepɔw nan sɛ nku wɔ \nd Awurade\nd* anim, \q2 \nd Awurade\nd* a asase nyinaa wɔ no no anim. \q1 \v 6 Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛ \q2 na aman nyinaa hu nʼanuonyam. \b \q1 \v 7 Ahonisomfo nyinaa anim agu ase, \q2 wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no, \q2 anyame nyinaa monsɔre no. \b \q1 \v 8 Sion te, na ne ho sɛpɛw no \q2 na Yuda nkuraa ani gye \q2 \nd Awurade\nd*, esiane wʼatɛntrenee nti. \q1 \v 9 Wo, \nd Awurade\nd* ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; \q2 wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu. \b \q1 \v 10 Ma wɔn a wɔdɔ \nd Awurade\nd* no nkyi bɔne, \q2 ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho ban \q2 na ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam. \q1 \v 11 Hann hyerɛn wɔ atreneefo so \q2 na anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so. \q1 \v 12 Momma mo ani nnye \nd Awurade\nd* mu, mo a moyɛ atreneefo, \q2 na monkamfo ne din kronkron no. \c 98 \cl Dwom 98 \d Dwom. \q1 \v 1 Monto dwom foforo mma \nd Awurade\nd*, \q2 efisɛ wayɛ anwonwade bebree; \q1 ne nsa nifa ne ne basa kronkron no \q2 anya nkwagye ama no. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* ama wɔahu ne nkwagye \q2 na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no. \q1 \v 3 Wakae nʼadɔe \q2 ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no; \q1 asase ano nyinaa ahu \q2 yɛn Nyankopɔn nkwagye. \b \q1 \v 4 Asase nyinaa mommɔ ose mma \nd Awurade\nd*, \q2 momfa nnwonto nni ahurusi; \q1 \v 5 Momfa sanku nto dwom mma \nd Awurade\nd*, \q2 sanku ne nnwonto nnyigyei, \q1 \v 6 momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn, \q2 nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ \nd Awurade\nd*, yɛn hene no anim. \b \q1 \v 7 Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so; \q2 asase ne wɔn a wɔte so nyinaa. \q1 \v 8 Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam, \q2 mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom; \q1 \v 9 ma wɔnto nnwom wɔ \nd Awurade\nd* anim, \q2 efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn. \q1 Ɔde trenee bebu wiase atɛn \q2 na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn. \c 99 \cl Dwom 99 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* di hene, \q2 momma amanaman no ho mpopo; \q1 ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam, \q2 ma asase nwosow. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* a ɔwɔ Sion yɛ ɔkɛse; \q2 wɔama no so wɔ amanaman nyinaa mu. \q1 \v 3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no, \q2 ɔyɛ ɔkronkron. \b \q1 \v 4 Ɔhene no yɛ ɔkɛse, ɔdɔ atɛntrenee, \q2 woama pɛpɛyɛ atim; \q1 wayɛ nea eye na ɛteɛ \q2 wɔ Yakob mu. \q1 \v 5 Momma \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn so \q2 na monsɔre no wɔ ne nan ntiaso anim; \q2 ɔyɛ ɔkronkron. \b \q1 \v 6 Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho, \q2 na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; \q1 wɔfrɛɛ \nd Awurade\nd*, \q2 na ogyee wɔn so. \q1 \v 7 Ofi omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; \q2 wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, \q2 wugyee wɔn so; \q1 woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel, \q2 nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho. \q1 \v 9 Momma \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn so \q2 na monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so, \q2 na \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn yɛ ɔkronkron. \c 100 \cl Dwom 100 \d Ayeyi Dwom. \q1 \v 1 Mommɔ ose mma \nd Awurade\nd*, asase nyinaa. \q2 \v 2 Momfa ahosɛpɛw nsom \nd Awurade\nd*; \q2 momfa anigye nnwom mmra nʼanim. \q1 \v 3 Munhu sɛ \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn; \q2 ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de; \q2 yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan. \b \q1 \v 4 Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu, \q2 na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo; \q2 momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; \q2 ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so. \c 101 \cl Dwom 101 \d Dawid Dwom. \q1 \v 1 Mɛto wo dɔ ne wo trenee ho nnwom; \q2 \nd Awurade\nd*, mɛto ayeyi nnwom ama wo. \q1 \v 2 Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew; \q2 da bɛn na wobɛba me nkyɛn? \b \q1 Mede koma a afɔdi nni mu \q2 bɛhwɛ me fi so. \q1 \v 3 Merennye ade a ɛyɛ tan \q2 biara nto mu. \b \q1 Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe; \q2 meremfa me ho mmata ho. \q1 \v 4 Nnipa a wɔn koma yɛ kɔntɔnkye remmɛn me; \q2 me ne bɔne nni hwee yɛ. \b \q1 \v 5 Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no, \q2 ɔno na mɛsɛe; \q1 nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma, \q2 ɔno na merennyigye no so. \b \q1 \v 6 Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no so \q2 na me ne wɔn atena; \q1 nea ne nantew ho nni asɛm no \q2 ɔno na ɔbɛsom me. \b \q1 \v 7 Nea ɔyɛ ɔdaadaafo biara \q2 rentena me fi; \q1 nea otwa nkontompo no \q2 rennyina mʼanim. \b \q1 \v 8 Adekyee biara, \q2 mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so nyinaa; \q1 na mapam ɔdebɔneyɛni biara \q2 afi \nd Awurade\nd* kuropɔn mu. \c 102 \cl Dwom 102 \d Aberante mmɔborɔni mpaebɔ. Osu kyerɛ Awurade bere a ɔwɔ ahohia mu. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, tie me mpaebɔ; \q2 na ma me mmoa ho sufrɛ nnu wʼanim. \q1 \v 2 Mmfa wʼanim nhintaw me \q2 bere a mewɔ ahohia mu. \q1 Brɛ wʼaso ase ma me; \q2 na sɛ misu frɛ wo a, gye me so ntɛm. \b \q1 \v 3 Me nkwanna reyera te sɛ wusiw; \q2 me nnompe adɔ sɛ nyansramma. \q1 \v 4 Me koma abotow na akisa sɛ sare; \q2 na me kɔn nnɔ aduan. \q1 \v 5 Mʼapinisi dennen nti \q2 maka ɔhonam ne nnompe. \q1 \v 6 Mete sɛ sare so patu, \q2 te sɛ patu a ɔte nnwiriwii mu. \q1 \v 7 Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ \q2 anomaa bi a ɔno nko ara si ɔdan atifi. \q1 \v 8 Da mu nyinaa mʼatamfo bɔ me akutia. \q2 Wɔn a wodi me ho fɛw no bɔ me din de dome. \q1 \v 9 Mede nsõ ayɛ mʼaduan \q2 na mede nusu fra me nsu mu \q1 \v 10 esiane wʼabufuwhyew dennen no nti, \q2 woama me so, ayi me asi nkyɛn. \q1 \v 11 Me nkwa nna te sɛ anwummere sunsuma; \q2 na mehyew sɛ sare. \b \q1 \v 12 Nanso wo \nd Awurade\nd*, woyɛ ɔhene daa daa; \q2 na wo din a ahyeta no te hɔ daa awo ntoatoaso nyinaa mu. \q1 \v 13 Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ; \q2 bere adu sɛ wuhu no mmɔbɔ; \q2 bere a wohyɛe no aso. \q1 \v 14 Nʼabo som bo ma wʼasomfo; \q2 ne mfutuma hyɛ wɔn awerɛhow. \q1 \v 15 Amanaman no besuro \nd Awurade\nd* din; \q2 asase so ahemfo nyinaa bedi wʼanuonyam ni. \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* bɛkyekyere Sion bio, \q2 na wapue wɔ nʼanuonyam mu. \q1 \v 17 Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ; \q2 na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so. \b \q1 \v 18 Monkyerɛw eyi mma nkyirimma, \q2 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo \nd Awurade\nd*; \q1 \v 19 “\nd Awurade\nd* hwɛɛ fam fi ne kronkronbea wɔ ɔsoro hɔ; \q2 ofi ɔsoro hwɛɛ asase, \q1 \v 20 sɛnea ɔbɛte nneduafo apinisi, \q2 na wɔagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.” \q1 \v 21 Enti wɔbɛpae mu abɔ \nd Awurade\nd* din wɔ Sion \q2 na wɔakamfo no wɔ Yerusalem, \q1 \v 22 bere a amanaman ne ahenni ahorow \q2 behyia mu na wɔasom \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 23 Ɔmaa me yɛɛ mmerɛw wɔ bere a merenyin. \q2 Otwaa me nkwa nna so. \q1 \v 24 Enti mekae se, \q2 “Me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini; \q2 wo mfe wɔ hɔ daa kodu awo ntoatoaso nyinaa mu. \q1 \v 25 Mfiase no wotoo asase fapem, \q2 na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. \q1 \v 26 Ne nyinaa betwa mu na wo de, wobɛtena hɔ daa; \q2 wɔbɛtetew te sɛ atade. \q1 Wobɛsesa wɔn te sɛ ntama, \q2 na wɔbɛtow wɔn agu. \q1 \v 27 Nanso wote sɛnea wote, \q2 na wo mfe to rentwa da. \q1 \v 28 Wʼasomfo mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim; \q2 na wɔn asefo ase betim wɔ wʼanim.” \c 103 \cl Dwom 103 \d Dawid de. \q1 \v 1 Me kra, kamfo \nd Awurade\nd*; \q2 na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no. \q1 \v 2 Me kra, kamfo \nd Awurade\nd*, \q2 na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa, \q1 \v 3 ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo \q2 na ɔsa wo nyarewa nyinaa, \q1 \v 4 ogye wo nkwa fi ɔda mu, \q2 na ɔde adɔe ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotiri, \q1 \v 5 ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛde, \q2 na wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre. \b \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* yɛ adetrenee, \q2 na obu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntrenee. \b \q1 \v 7 Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan, \q2 na ɔmaa Israelfo huu ne nneyɛe. \q1 \v 8 Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne \nd Awurade\nd*, \q2 ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso. \q1 \v 9 Ɔrenkɔ so mmɔ sobo, \q2 na ɔrennya yɛn ho menasepɔw nkosi daa; \q1 \v 10 Ɔnhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛnea ɛfata \q2 na ontua yɛn nnebɔne so ka sɛnea ɛte. \q1 \v 11 Na sɛnea ɔsoro ne asase ntam ware no, \q2 saa ara na nʼadɔe so wɔ wɔn a wosuro no no so. \q1 \v 12 Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, \q2 saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware. \b \q1 \v 13 Sɛnea agya yam hyehyew no wɔ ne mma ho no, \q2 saa ara na \nd Awurade\nd* yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no; \q1 \v 14 na onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn, \q2 ɔkae se yɛyɛ mfutuma. \q1 \v 15 Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare, \q2 ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ nwura mu nhwiren; \q1 \v 16 sɛ mframa bɔ fa ne so a, na onni hɔ, \q2 na ne sibea nkae no bio. \q1 \v 17 Nanso efi mmeresanten kosi nnasanten \q2 \nd Awurade\nd* adɔe wɔ wɔn a wosuro no so, \q2 na ne trenee wɔ wɔn mma mma so, \q1 \v 18 wɔn a wodi nʼapam no so \q2 na wɔkae di ne mmara so. \b \q1 \v 19 \nd Awurade\nd* asi nʼahengua wɔ ɔsoro, \q2 na nʼahenni di ade nyinaa so. \b \q1 \v 20 Monkamfo \nd Awurade\nd*, mo a moyɛ nʼabɔfo, \q2 mo atumfo a moyɛ nʼahyɛde, \q2 mo a mutie nʼasɛm. \q1 \v 21 Monkamfo \nd Awurade\nd*, ɔsoro asafo nyinaa, \q2 nʼasomfo a moyɛ nʼapɛde. \q1 \v 22 Monkamfo \nd Awurade\nd*, ne nnwuma nyinaa; \q2 nea ɛwɔ nʼahenni mu nyinaa. \b \q1 Me kra, kamfo \nd Awurade\nd*! \c 104 \cl Dwom 104 \q1 \v 1 Me kra, kamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse! \q2 Wɔafura wo tumi ne anuonyam. \b \q1 \v 2 Ɔde hann akata ne ho sɛ atade; \q2 ɔtrɛw ɔsoro mu te sɛ ntamadan, \q2 \v 3 na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so. \q1 Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam \q2 na ɔde nantew mframa ntaban so. \q1 \v 4 Ɔsoma nʼabɔfo sɛ mframa, \q2 na ɔsoma nʼasomfo sɛ ogyaframa. \b \q1 \v 5 Ɔde asase asi ne fapem so \q2 na ɛrenhinhim da. \q1 \v 6 Wode bun kataa so sɛ atade \q2 na nsu gyinaa mmepɔw no so. \q1 \v 7 Nanso wʼanimka maa nsu no guanee, \q2 wʼaprannaa nnyigyei maa woguanee; \q1 \v 8 Wɔsen faa mmepɔw so, \q2 kɔɔ aku mu tɔnn, \q2 koguu faako a wode ama wɔn no. \q1 \v 9 Wotoo ɔhye a wɔrentumi ntra; \q2 na wɔammɛkata asase so bio. \b \q1 \v 10 Ɔma nsuwa sen fa abon mu, \q2 ɛsen fa mmepɔw ntam. \q1 \v 11 Wɔma wuram mmoa nyinaa nsu nom; \q2 atorɔm de kum wɔn sukɔm. \q1 \v 12 Wim nnomaa nwen wɔn berebuw wɔ nsu no ho; \q2 na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so. \q1 \v 13 Ofi ne soro mpia mu tɔ nsu gugu mmepɔw so; \q2 ne nnwuma so aba mee asase. \q1 \v 14 Ɔma sare fifi ma anantwi, \q2 na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ onnua \q2 na ɛmma aduan mfi asase mu: \q1 \v 15 nsa a ɛma onipa koma tɔ ne yam, \q2 ngo a ɛma onipa anim tɔ so, \q2 ne aduan a ekura onipa koma. \q1 \v 16 Wogugu \nd Awurade\nd* nnua no so yiye, \q2 Lebanon sida a oduae no. \q1 \v 17 Ɛsow na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw, \q2 na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenae wɔ ɔpepaw nnua no mu. \q1 \v 18 Mmepɔw atenten no yɛ wuram mmirekyi de; \q2 na abotan yɛ guankɔbea ma ewi. \b \q1 \v 19 Ɔsram kyerɛ bere nkyekyɛmu, \q2 na owia nim bere a ɔkɔtɔ. \q1 \v 20 Wode sum ba ma ɛyɛ adesae \q2 na kwae mu mmoa nyinaa kɔ ahayɛ. \q1 \v 21 Gyata bobɔ mu pɛ wɔn hanam, \q2 wɔhwehwɛ wɔn aduan fi Onyankopɔn hɔ. \q1 \v 22 Owia pue ma wɔsan wɔn akyi; \q2 wɔsan kɔdeda wɔn atu mu. \q1 \v 23 Afei, onipa kɔ nʼadwuma so \q2 kɔyɛ adwuma ara kosi anwummere. \b \q1 \v 24 \nd Awurade\nd*, wo nnwuma dɔɔso! \q2 Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; \q2 wʼabɔde ahyɛ asase so ma. \q1 \v 25 Po na ɛda hɔ tɛtrɛɛ tamaa yi, \q2 a abɔde bebree a enni ano; \q2 akɛse ne nketewa ahyɛ no ma. \q1 \v 26 So na ahyɛn di akɔneaba, \q2 na ɔdɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agoru. \b \q1 \v 27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan \q2 sɛ wobɛma wɔn wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. \q1 \v 28 Wode ma wɔn a, wɔtase; \q2 wubue wo nsam a nnepa mee wɔn. \q1 \v 29 Wode wʼanim hintaw wɔn a, \q2 wɔbɔ hu; \q1 sɛ wugye wɔn home a, \q2 wowuwu na wɔsan kɔ mfutuma mu. \q1 \v 30 Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a \q2 na wɔabɔ wɔn, \q2 na woyɛ asase ani foforo. \b \q1 \v 31 Ma \nd Awurade\nd* anuonyam ntena hɔ daa; \q2 ma \nd Awurade\nd* ani nnye ne nnwuma ho, \q1 \v 32 nea ɔhwɛ asase na ɛwosow, \q2 na ɔde ne nsa ka mmepɔw a wusiw fi mu ba. \b \q1 \v 33 Mɛto dwom ama \nd Awurade\nd* me nkwa nna nyinaa; \q2 sɛ mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn. \q1 \v 34 Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼani \q2 bere a meregye mʼani wɔ \nd Awurade\nd* mu yi. \q1 \v 35 Ma nnebɔneyɛfo nyera wɔ asase so; \q2 na amumɔyɛfo ase nhyew. \b \q1 Me kra, kamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Kamfo \nd Awurade\nd*. \c 105 \cl Dwom 105 \q1 \v 1 Da \nd Awurade\nd* ase na da ne kɛseyɛ adi. \q2 Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ. \q1 \v 2 Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no; \q2 monka nʼanwonwade no nyinaa. \q1 \v 3 Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu; \q2 momma wɔn a wɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* no nnya koma mu anigye. \q1 \v 4 Momma mo ani nna \nd Awurade\nd* ne nʼahoɔden no so; \q2 na monhwehwɛ nʼanim bere biara. \b \q1 \v 5 Monkae anwonwade a wayɛ \q2 ne nsɛnkyerɛnne, ne atɛn a obui, \q1 \v 6 Abraham mma, Onyankopɔn asomfo, \q2 Yakob mma a wapaw wɔn. \q1 \v 7 Ɔyɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn. \q2 Nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa. \b \q1 \v 8 Ɔkae nʼapam daa nyinaa, \q2 asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no, \q1 \v 9 apam a ɔne Abraham yɛe no, \q2 ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no. \q1 \v 10 Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara, \q2 de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. \q1 \v 11 Ɔkae se, “Mede Kanaan asase no bɛma wo \q2 sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.” \b \q1 \v 12 Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso, \q2 ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan. \q1 \v 13 Wofii aman so kɔɔ aman so; \q2 fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu. \q1 \v 14 Wamma obi anhyɛ wɔn so; \q2 wɔn nti, ɔkaa ahene anim se: \q1 \v 15 “Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo; \q2 na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.” \b \q1 \v 16 Ɔmaa ɔkɔm baa asase no so \q2 na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduan nyinaa; \q1 \v 17 na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim, \q2 Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no. \q1 \v 18 Wɔde mpokyerɛ guu ne nʼanan, \q2 na wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn, \q1 \v 19 kosii sɛ nea ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu, \q2 kosii sɛ \nd Awurade\nd* asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. \q1 \v 20 Ɔhene no soma ma wokoyii no; \q2 aman no sodifo gyaa no. \q1 \v 21 Ɔyɛɛ no ne fi so wura \q2 nea ɔwɔ nyinaa sodifo, \q1 \v 22 sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma nea ɔpɛ \q2 na ɔnkyerɛ ne mpanyimfo nyansa. \b \q1 \v 23 Na Israel kɔɔ Misraim; \q2 Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani. \q1 \v 24 \nd Awurade\nd* maa ne nkurɔfo ase dɔe; \q2 ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfo, \q1 \v 25 wɔn a ɔdan wɔn koma sɛ wɔntan ne nkurɔfo \q2 na wɔmpam nʼasomfo ti so. \q1 \v 26 Ɔsomaa ne somfo Mose, \q2 ne Aaron a na wayi no no. \q1 \v 27 Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne nwonwaso wɔ wɔn mu, \q2 nʼanwonwade wɔ Ham asase so. \q1 \v 28 Ɔsomaa sum, na ɔmaa asase duruu sum, \q2 efisɛ na wɔatew nʼasɛm no so atua. \q1 \v 29 Ɔmaa wɔn nsu nyinaa dan mogya, \q2 nam so kum mu mpataa. \q1 \v 30 Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma, \q2 na wɔhyɛn ɔman no sodifo mpia mu. \q1 \v 31 Ɔkasae, na nwansena bebree \q2 ne ntontom baa ɔman no mu baabiara. \q1 \v 32 Ɔmaa wɔn osu dan mparuwbo \q2 a anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu; \q1 \v 33 Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua \q2 na obubuu ɔman no so nnua pasaa. \q1 \v 34 Ɔkasae, na mmoadabi bae, \q2 tɛwtɛw a wontumi nkan wɔn; \q1 \v 35 wɔwee ahabammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so, \q2 na wodii wɔn mfuw so nnuan. \q1 \v 36 Afei okunkum wɔn asase so mmakan nyinaa, \q2 wɔn mmarimayɛ mu aba a edi kan nyinaa. \q1 \v 37 Oyii Israel a ɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ \q2 fii wɔn mmusuakuw mu a obiara ho antɔ kyima. \q1 \v 38 Misraim ani gyei, bere a wɔkɔe, \q2 efisɛ na Israelfo ho hu atɔ wɔn so. \b \q1 \v 39 Ɔtrɛw omununkum mu kataa wɔn so, \q2 na ogya maa wɔn hann anadwo. \q1 \v 40 Wobisae, na ɔbrɛɛ wɔn mparuwbo \q2 ɔmaa ɔsoro aduan mee wɔn. \q1 \v 41 Obuee ɔbotan mu maa nsu fii mu bae; \q2 na ɛsen faa sare no so sɛ asubɔnten. \b \q1 \v 42 Ɔkaee ne bɔ kronkron bi a \q2 ɔhyɛɛ ne somfo Abraham no. \q1 \v 43 Oyii ne nkurɔfo maa wɔn ani gyei; \q2 wɔn a wapaw wɔn no dii ahurusi; \q1 \v 44 ɔde amanaman no nsase maa wɔn, \q2 na nea ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapade \q1 \v 45 na wɔahwɛ nʼahyɛde \q2 adi ne mmara so. \b \q1 Munyi \nd Awurade\nd* ayɛ. \c 106 \cl Dwom 106 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 Monna \nd Awurade\nd* ase na oye; \q2 na nʼadɔe wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 2 Hena na obetumi aka nneɛma akɛse a \nd Awurade\nd* ayɛ? \q2 Anaasɛ obetumi aka ne nkamfo awie? \q1 \v 3 Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntrenee, \q2 na daa wɔyɛ nea eye. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd*, sɛ wuhu wo nkurɔfo mmɔbɔ a kae me, \q2 sɛ wugye wɔn nkwa a, boa me, \q1 \v 5 na manya wɔn a wapaw wɔn no yiyedi mu kyɛfa, \q2 na manya wo manfo anigye no mu kyɛfa, \q2 na me ne wʼagyapade no abɔ mu de nkamfo ama wo. \b \q1 \v 6 Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no; \q2 yɛayɛ mfomso na yɛadi atirimɔdensɛm. \q1 \v 7 Bere a yɛn nenanom wɔ Misraim no, \q2 wɔannwene wo nsɛnkyerɛnne ho; \q1 wɔankae wʼadɔe bebrebe no, \q2 na wɔtew atua wɔ Po Kɔkɔɔ no ho. \q1 \v 8 Nanso ne din nti ogyee wɔn nkwa, \q2 sɛnea ɔbɛda ne tumi kɛse no adi. \q1 \v 9 Ɔteɛɛ Po Kɔkɔɔ no ma ɛyowee; \q2 ɔde wɔn faa bun mu te sɛ sare so. \q1 \v 10 Ogyee wɔn fii ɔtamfo no nsam; \q2 nea ɔtan wɔn no nsam na oyii wɔn fii. \q1 \v 11 Nsu kataa wɔn atamfo so; \q2 na ɔbaako mpo annya nkwa. \q1 \v 12 Afei wogyee ne bɔhyɛ no dii \q2 na wɔtoo nʼayeyi nnwom. \b \q1 \v 13 Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛ \q2 na wɔantwɛn nʼagyinatu. \q1 \v 14 Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ, \q2 asase paradada no so na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe, \q1 \v 15 enti ɔmaa wɔn nea wobisae, \q2 nanso ɔde ɔfɔn yare baa wɔn so. \b \q1 \v 16 Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose \q2 ne Aaron a \nd Awurade\nd* atew ne ho no. \q1 \v 17 Asase mu bue ma ɛmenee Datan \q2 na esiee Abiram asafo no. \q1 \v 18 Ogya tɔɔ wɔn akyidifo no mu; \q2 ogyatannaa hyew amumɔyɛfo no. \q1 \v 19 Wɔyɛɛ nantwi ba wɔ Horeb \q2 na wɔkotow ohoni a wɔde fagude ayɛ. \q1 \v 20 Wɔsesaa wɔn Anuonyam \q2 wɔde nantwinini, a ɔwe sare nsɛsode. \q1 \v 21 Wɔn werɛ fii Onyankopɔn a ogyee wɔn nkwa, \q2 nea ɔyɛɛ nneɛma akɛse wɔ Misraim no, \q1 \v 22 nsɛnkyerɛnne a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so \q2 ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Po Kɔkɔɔ ho no. \q1 \v 23 Enti ɔkae se ɔbɛsɛe wɔn, \q2 nanso Mose a ɔyɛ nea wapaw no no, \q1 sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; \q2 ɔsrɛ de dwudwoo nʼabufuwhyew no ano sɛnea ɔrensɛe wɔn. \b \q1 \v 24 Afei wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no; \q2 na wɔannye ne bɔhyɛ no anni. \q1 \v 25 Wonwiinwii wɔ wɔn ntamadan mu \q2 na wɔanyɛ osetie amma \nd Awurade\nd*. \q1 \v 26 Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn se \q2 ɔbɛma wɔatotɔ wɔ sare no so, \q1 \v 27 ɔbɛma wɔn asefo atotɔ wɔ amanaman mu \q2 na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so. \b \q1 \v 28 Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-Peor ho \q2 na wodii afɔrebɔde a wɔde ama anyame a wonni nkwa; \q1 \v 29 wɔde wɔn atirimɔdensɛm hyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuw \q2 na ɔyaredɔm sii wɔn mu. \q1 \v 30 Na Pinehas sɔre dii akagyinamu, \q2 na wosiw ɔyaredɔm no ano. \q1 \v 31 Wɔde eyi yɛɛ trenee maa no \q2 wɔ awo ntoatoaso a enni awiei a ɛbɛba no mu. \b \q1 \v 32 Meriba nsu ho nso, wɔhyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuw, \q2 na wɔn nti, ɔhaw baa Mose so, \q1 \v 33 efisɛ wɔtew Onyankopɔn Honhom anim atua, \q2 na asɛm a wannwene ho fii Mose anom. \q1 \v 34 Wɔansɛe nnipa no \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ wɔn no, \q1 \v 35 nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no \q2 yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi. \q1 \v 36 Wɔsom wɔn ahoni, \q2 na ɛbɛyɛɛ afide maa wɔn. \q1 \v 37 Wɔde wɔn mmabarima \q2 ne wɔn mmabea bɔɔ afɔre maa abosom. \q1 \v 38 Wɔkaa mogya a edi bem gui, \q2 wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mogya a \q1 wɔde bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni no \q2 maa asase no ho guu fi. \q1 \v 39 Wɔde nea wɔyɛɛ no guu wɔn ankasa ho fi; \q2 wɔnam nea wɔyɛɛ no so bɔɔ aguaman. \b \q1 \v 40 Enti \nd Awurade\nd* bo fuw ne nkurɔfo; \q2 na okyii nʼagyapade. \q1 \v 41 Ɔdan wɔn maa amanaman no, \q2 na wɔn atamfo dii wɔn so. \q1 \v 42 Wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so \q2 na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase. \q1 \v 43 Mpɛn bebree, \nd Awurade\nd* gyee wɔn, \q2 nanso wɔkɔɔ so tew atua \q2 na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu. \q1 \v 44 Nanso ohuu wɔn ahohiahia \q2 bere a wosu frɛɛ no no. \q1 \v 45 Wɔn nti ɔkaee nʼapam no, \q2 na ofii nʼadɔe kɛse no mu huu wɔn mmɔbɔ. \q1 \v 46 Ɔmaa asodifo a wɔafa wɔn nnommum no \q2 nyaa ahummɔbɔ maa wɔn. \b \q1 \v 47 Gye yɛn, \nd Awurade\nd* yɛn nkwagye Nyankopɔn, \q2 na boaboa yɛn ano fi amanaman so, \q1 na yɛada wo din kronkron no ase, \q2 na yɛde nkamfo ahyɛ wo anuonyam. \b \b \q1 \v 48 Ayeyi nka \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, \q2 emfi mmeresanten nkosi nnasanten. \b \q1 Momma nnipa no nyinaa nka se, “Amen!” \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 107 \ms NHOMA A ƐTO SO ANUM \mr Nnwom 107–150 \cl Dwom 107 \q1 \v 1 Monna \nd Awurade\nd* ase na oye; \q2 na nʼadɔe wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 2 Momma wɔn a \nd Awurade\nd* agye wɔn nka saa, \q2 wɔn a wagye wɔn afi ɔtamfo nsam no; \q1 \v 3 wɔn a ɔboaboaa wɔn ano fii nsase so no, \q2 efi apuei kosi atɔe, atifi kosi anafo. \b \q1 \v 4 Ebinom kyinkyinii wɔ nsase pradada so, \q2 a wɔanhu ɔkwan ankɔ kuropɔn no mu, faako a wobetumi anya atenae. \q1 \v 5 Ɔkɔm ne osukɔm dee wɔn \q2 na wɔtotɔɔ beraw. \q1 \v 6 Afei wosu frɛɛ \nd Awurade\nd* wɔ wɔn amanehunu mu, \q2 na ogyee wɔn fii wɔn ahohiahia mu. \q1 \v 7 Ɔde wɔn faa ɔkwan tee so \q2 baa kuropɔn a wotumi tena mu no mu. \q1 \v 8 Momma wɔnna \nd Awurade\nd* ase, nʼadɔe a ɛnsa da \q2 ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho, \q1 \v 9 ɔma wɔn a osukɔm de wɔn nsu \q2 na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma. \b \q1 \v 10 Ebinom tenaa sum ne awerɛhow mu, \q2 nneduafo a wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn, \q1 \v 11 efisɛ wɔatew Onyankopɔn nsɛm ho atua \q2 na wɔabu Ɔsorosoroni no agyinatu animtiaa. \q1 \v 12 Enti ogyaa wɔn maa adwumaden; \q2 wohintihintiwii, na wɔannya ɔboafo. \q1 \v 13 Afei wosu frɛɛ \nd Awurade\nd* wɔ wɔn amanehunu mu, \q2 na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu. \q1 \v 14 Oyii wɔn fii sum ne awerɛhow mu, \q2 na obubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. \q1 \v 15 Momma wɔnna \nd Awurade\nd* ase, nʼadɔe a ɛnsa da \q2 ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho, \q1 \v 16 efisɛ obubu kɔbere mfrafra apon \q2 na otwitwa nnadeban mu. \b \q1 \v 17 Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafo, wɔn atuatew nti, \q2 na wohuu amane, wɔn nnebɔne nti. \q1 \v 18 Wokyii aduan nyinaa \q2 na wotwiw bɛnee owu pon ano. \q1 \v 19 Afei wosu frɛɛ \nd Awurade\nd*, wɔn amanehunu mu \q2 na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu. \q1 \v 20 Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yare; \q2 na ogyee wɔn fii ɔda mu. \q1 \v 21 Momma wɔnna \nd Awurade\nd* ase, nʼadɔe a ɛnsa da \q2 ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho. \q1 \v 22 Momma wɔmmɔ aseda afɔre \q2 na wɔmfa ahurusi nnwom nka ne nnwuma ho asɛm. \b \q1 \v 23 Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ po so; \q2 wɔyɛ aguadifo wɔ nsu akɛse so. \q1 \v 24 Wohuu \nd Awurade\nd* nnwuma, \q2 nʼanwonwade a ɛwɔ bun mu. \q1 \v 25 Ɔkasa maa ahum tui \q2 na ekukuru asorɔkye. \q1 \v 26 Wokukuru kɔɔ ɔsorosoro na wosian kɔɔ bun mu tɔnn; \q2 wɔn amanehunu mu no wɔn koma tui. \q1 \v 27 Wokyim totɔɔ ntintan sɛ asabowfo; \q2 na wonhu nea wɔnnyɛ bio. \q1 \v 28 Afei wosu frɛɛ \nd Awurade\nd*, wɔn amanehunu mu, \q2 na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu. \q1 \v 29 Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; \q2 po so asorɔkye ano brɛɛ ase. \q1 \v 30 Wɔn ani gyei, bere a ɛyɛɛ dinn no, \q2 na ɔkyerɛɛ wɔn ɔkwan de wɔn koduu gyinabea a wɔpɛ. \q1 \v 31 Momma wɔnna \nd Awurade\nd* ase, nʼadɔe a ɛnsa da \q2 ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho. \q1 \v 32 Wɔmma no so wɔ asafo no mu \q2 na wɔnkamfo no wɔ mpanyimfo nhyiamu ase. \b \q1 \v 33 Ɔdan nsubɔnten maa no yɛɛ sare, \q2 asuten yɛɛ asase wosee, \q1 \v 34 na asasebere dan nkyenenkyene, \q2 wɔn a wɔte asase no so amumɔyɛ nti. \q1 \v 35 Ɔdan sare so maa no yɛɛ nsuwansuwa \q2 na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ nsuten anan mu; \q1 \v 36 Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔsoɛe, \q2 na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu. \q1 \v 37 Wɔyɛɛ mfuw ne bobe nturo \q2 na ɛmaa wɔn nnɔbae bebree. \q1 \v 38 Ohyiraa wɔn na wɔn ase dɔe. \q2 Wamma wɔn nyɛmmoa dodow so anhuan. \b \q1 \v 39 Afei wɔn dodow so huanee \q2 na nhyɛso, amanehunu ne awerɛhow brɛɛ wɔn ase; \q1 \v 40 nea obu abirɛmpɔn animtiaa no \q2 ma wokyinkyin asase kesee a ɔkwan nni hɔ so. \q1 \v 41 Nanso ɔmaa ahiafo so fii wɔn ahohia mu \q2 na ɔmaa wɔn mmusua dɔɔ sɛ nguankuw. \q1 \v 42 Atreneefo hu ma wɔn ani gye, \q2 nanso amumɔyɛfo nyinaa mua wɔn ano. \b \q1 \v 43 Momma nea ɔyɛ onyansafo no mmu eyinom, \q2 na onsusuw \nd Awurade\nd* adɔe kɛse no ho. \c 108 \cl Dwom 108 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Onyankopɔn, me koma asi pi; \q2 mede me kra nyinaa bɛto wʼayeyi nnwom. \q1 \v 2 Munnyan, sanku ne bɛnta! \q2 Menyan anɔpahema. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd*, mɛkamfo wo wɔ aman mu; \q2 mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa no mu. \q1 \v 4 Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro; \q2 wo nokwaredi du wim. \q1 \v 5 Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, \q2 na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so. \b \q1 \v 6 Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn, \q2 na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa. \q1 \v 7 Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se, \q2 “Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu \q2 na masusuw Sukot Bon. \q1 \v 8 Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; \q2 Efraim yɛ me dade kyɛw, \q2 Yuda yɛ mʼahempema. \q1 \v 9 Moab yɛ me guasɛn, \q2 Edom so na metow me mpaboa gu; \q2 na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.” \b \q1 \v 10 Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? \q2 Hena na obedi mʼanim akɔ Edom? \q1 \v 11 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn \q2 na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana? \q1 \v 12 Boa yɛn tia ɔtamfo no, \q2 na ɔdesani mmoa nka hwee. \q1 \v 13 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim, \q2 na obetiatia yɛn atamfo so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo no. \c 109 \cl Dwom 109 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 Me Nyankopɔn a mekamfo wo, \q2 nyɛ komm, \q1 \v 2 na amumɔyɛfo ne nkontompofo \q2 atu wɔn ano agu me so; \q2 wɔde atoro tɛkrɛma akasa atia me. \q1 \v 3 Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia \q2 na wɔtow hyɛ me so a menkaa wɔn. \q1 \v 4 Wɔka nsɛm to me so de tua mʼadɔeyɛ so ka, \q2 nanso meyɛ obi a mepɛ mpaebɔ. \q1 \v 5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka, \q2 na wɔde ɔtan tua mʼadɔeyɛ so ka. \b \q1 \v 6 Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no; \q2 na Satan nnyina ne nsa nifa so. \q1 \v 7 Wodi nʼasɛm a, ma onni fɔ, \q2 na ne mpaebɔ mmu no kumfɔ. \q1 \v 8 Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi; \q2 na ɔfoforo nsi nʼanan mu sɛ ɔkannifo. \q1 \v 9 Ma ne mma nyɛ ayisaa \q2 na ne yere nyɛ okunafo. \q1 \v 10 Ma ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade; \q2 ma wɔmpam wɔn mfi wɔn afi a abubu no mu. \q1 \v 11 Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa; \q2 na ananafo mfom nʼadwuma so aba. \q1 \v 12 Mma obiara nhu no, \q2 anaa ne ayisaa mmɔbɔ. \q1 \v 13 Ma nʼase nhyew, \q2 na wɔn din nyera wɔ awo ntoatoaso a ɛreba no mu. \q1 \v 14 Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ \nd Awurade\nd* anim; \q2 na ne na bɔne no ntena hɔ daa. \q1 \v 15 Wɔn bɔne nyinaa nka \nd Awurade\nd* anim, \q2 na wɔankae wɔn bio wɔ asase so. \b \q1 \v 16 Efisɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔe, \q2 na mmom ɔtaa ahiafo \q2 mmɔborɔfo ne wɔn a wɔn werɛ ahow de kɔɔ owu mu. \q1 \v 17 Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome \q2 enti nnome mmra no so; \q1 wampɛ sɛ obehyira \q2 enti nhyira mmɔ no. \q1 \v 18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ atade; \q2 ɛno kɔɔ ne nipadua mu sɛ nsu, \q2 ne ne nnompe mu sɛ ngo. \q1 \v 19 Ma ɛnyɛ sɛ atade a ɛkyekyere ne ho, \q2 ne abɔso a ɛbɔ no daa. \q1 \v 20 Ma eyi nyɛ \nd Awurade\nd* akatua a ɔde ma me sobobɔfo, \q2 wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no. \b \q1 \v 21 Nanso wo Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 wo din nti wo ne me nni no yiye; \q2 fi wʼadɔe mu gye me. \q1 \v 22 Efisɛ meyɛ ohiani ne nea onni bi, \q2 na me koma atɔ beraw wɔ me mu. \q1 \v 23 Mitwaa mu sɛ anwummere sunsuma; \q2 wopia me kyene sɛ mmoadabi. \q1 \v 24 Mmuadadi ama me nkotodwe mu agugow; \q2 mafɔn, na ama aka me nnompe. \q1 \v 25 Mayɛ aserewde ama wɔn a wɔbɔ me sobo; \q2 sɛ wohu me a, wɔwosow wɔn ti. \b \q1 \v 26 Boa me, \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn; \q2 gye me sɛnea wʼadɔe te. \q1 \v 27 Ma wonhu sɛ ɛyɛ wo nsa, \q2 na wo na woayɛ, \nd Awurade\nd*. \q1 \v 28 Wɔbɛdome, nanso wubehyira; \q2 sɛ wɔtow hyɛ me so a wɔn anim begu ase, \q2 nanso wo somfo ani begye. \q1 \v 29 Mʼatamfo befura animguase; \q2 na akyekyere wɔn ho sɛ atade. \b \q1 \v 30 Mede mʼano bɛma \nd Awurade\nd* so ayɛ no kɛse; \q2 mɛkamfo no wɔ dɔm mu. \q1 \v 31 Efisɛ ogyina ohiani nsa nifa so \q2 sɛ obegye no nkwa afi wɔn a wobu no kumfɔ nsam. \c 110 \cl Dwom 110 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me Wura se, \q2 “Tena me nifa so \q1 kosi sɛ mede wʼatamfo \q2 bɛyɛ wʼanan ase ntiaso.” \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion; \q2 na wubedi hene wɔ wʼatamfo so. \q1 \v 3 Wʼasraafo beyi wɔn koma mu \q2 da a wobɛkɔ ɔsa. \q1 Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade \q2 na wo mmabun bɛba wo nkyɛn \q2 sɛnea obosu gugu anɔpahema. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* aka ntam \q2 na ɔrensesa nʼadwene: \q1 “Woyɛ daapem sɔfo \q2 sɛ Melkisedek sɛso.” \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* wɔ wo nifa so; \q2 ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no. \q1 \v 6 Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano; \q2 na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa. \q1 \v 7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu \q2 enti obedi nkonim. \q1 Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu, \q2 na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu. \c 111 \cl Dwom 111 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 Mefi me koma nyinaa mu ama \nd Awurade\nd* so \q2 wɔ atreneefo aguabɔ ne asafo no mu. \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* nnwuma yɛ akɛse; \q2 wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susuw ho. \q1 \v 3 Ne nnwuma yɛ tumi ne anuonyam, \q2 na ne trenee wɔ hɔ daa. \q1 \v 4 Ɔma yɛkae nʼanwonwade; \q2 \nd Awurade\nd* yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo. \q1 \v 5 Ɔma wɔn a wosuro no no aduan; \q2 ɔkae nʼapam no daa. \b \q1 \v 6 Wakyerɛ ne nkurɔfo tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, \q2 sɛ ɔde aman afoforo nsase ama wɔn. \q1 \v 7 Ne nsa ano nnwuma yɛ nokware na ɛteɛ; \q2 nʼahyɛde nyinaa mu wɔ ahotoso. \q1 \v 8 Etim hɔ daa daa, \q2 nokware ne trenee mu na ɔyɛe. \q1 \v 9 Ɔde ogye maa ne nkurɔfo; \q2 ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, \q2 ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu. \b \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* suro yɛ nyansa mfiase; \q2 wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa. \q2 Ɔno na daa ayeyi wɔ no. \c 112 \cl Dwom 112 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Nhyira nka onipa a osuro \nd Awurade\nd* \q2 na onya nʼahyɛde mu anigye pii. \b \q1 \v 2 Ne mma bɛyɛ atumfo wɔ asase no so; \q2 atreneefo awo ntoatoaso benya nhyira. \q1 \v 3 Ahonya ne sika wɔ ne fi, \q2 na ne trenee tena hɔ daa. \q1 \v 4 Sum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔteɛ, \q2 ma ɔdomfo, mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo. \q1 \v 5 Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa, \q2 wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so. \b \q1 \v 6 Ampa ara ɔrenhinhim da biara da; \q2 wɔbɛkae onipa trenee daa. \q1 \v 7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu; \q2 ne koma si pi wɔ \nd Awurade\nd* mu ahotoso mu. \q1 \v 8 Ne koma wɔ bammɔ, na onsuro; \q2 awiei no ɔde nkonimdi behyia nʼatamfo. \q1 \v 9 Ɔtow nʼakyɛde pete aman so ma ahiafo nea wohia, \q2 nʼadɔe no tena hɔ daa; \q2 wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn anuonyam. \b \q1 \v 10 Omumɔyɛfo behu ama ayɛ no yaw, \q2 ɔbɛtwɛre ne se na wafɔn; \q2 omumɔyɛfo tirimpɔw bɛyɛ ɔkwa. \c 113 \cl Dwom 113 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*, mo a moyɛ nʼasomfo no, \q2 monkamfo \nd Awurade\nd* din. \q1 \v 2 Momma wɔnkamfo \nd Awurade\nd* din, \q2 mprempren ne daa nyinaa. \q1 \v 3 Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ, \q2 ma wɔnkamfo \nd Awurade\nd* din. \b \q1 \v 4 Wɔama \nd Awurade\nd* so aman nyinaa so, \q2 nʼanuonyam tra ɔsorosoro. \q1 \v 5 Hena na ɔte sɛ \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn, \q2 Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro, \q1 \v 6 ɔno na ɔbɔ ne mu ase \q2 hwɛ ɔsorosoro ne asase? \b \q1 \v 7 Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu \q2 na ɔma onnibi so fi nso siw so; \q1 \v 8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, \q2 wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu. \q1 \v 9 Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi \q2 sɛ ɔbeatan a nʼani gye. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 114 \cl Dwom 114 \q1 \v 1 Bere a Israelfo fii Misraim, \q2 na Yakobfifo fii ananafo asase so no, \q1 \v 2 Yuda bɛyɛɛ \nd Awurade\nd* kronkronbea \q2 na Israel bɛyɛɛ nʼaheman. \b \q1 \v 3 Po no hwɛe, na eguanee, \q2 Yordan san nʼakyi; \q1 \v 4 Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, \q2 nkoko nso huruhuruwii sɛ nguantenmma. \b \q1 \v 5 Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee? \q2 Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi? \q1 \v 6 Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw sɛ adwennini, \q2 na mo nkoko, muhuruhuruw sɛ nguantenmma yi? \b \q1 \v 7 Asase, ma wo ho mpopo wɔ \nd Awurade\nd* anim, \q2 wɔ Yakob Nyankopɔn anim, \q1 \v 8 ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura, \q2 na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no. \c 115 \cl Dwom 115 \q1 \v 1 Ɛnyɛ yɛn, \nd Awurade\nd*, ɛnyɛ yɛn, \q2 na wo din na anuonyam nka, \q2 wʼadɔe ne wo nokwaredi nti. \b \q1 \v 2 Adɛn nti na aman no bisa se, \q2 “Wɔn Nyankopɔn wɔ he?” \q1 \v 3 Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro; \q2 nea ɔpɛ biara na ɔyɛ. \q1 \v 4 Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a \q2 wɔde onipa nsa na ayɛ. \q1 \v 5 Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa; \q2 wɔwɔ ani, nanso wonhu ade. \q1 \v 6 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; \q2 wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hua. \q1 \v 7 Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka; \q2 wɔwɔ anan, nanso wɔnnantew. \q1 Wontumi mma nnyigyei bi mfi wɔn mene mu. \q1 \v 8 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, \q2 saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ. \b \q1 \v 9 Mo Israelfo nyinaa, momfa mo ho nto \nd Awurade\nd* so, \q2 ɔyɛ mo boafo ne kyɛm. \q1 \v 10 Ao Aaronfi, momfa mo ho nto \nd Awurade\nd* so, \q2 ɔyɛ mo boafo ne kyɛm. \q1 \v 11 Mo a musuro no, momfa mo ho nto \nd Awurade\nd* so, \q2 ɔyɛ mo boafo ne kyɛm. \b \q1 \v 12 \nd Awurade\nd* kae yɛn na obehyira yɛn: \q2 Obehyira Israelfi, \q2 obehyira Aaronfi \q1 \v 13 Obehyira wɔn a wosuro \nd Awurade\nd*, \q2 nketewa ne akɛse nyinaa. \b \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* mma wʼase nnɔ, \q2 wo ne wo mma. \q1 \v 15 \nd Awurade\nd* nhyira wo, \q2 ɔsoro ne asase Yɛfo no. \b \q1 \v 16 Ɔsorosoro tɔnn yɛ \nd Awurade\nd* de, \q2 nanso asase de, ɔde ama onipa. \q1 \v 17 Ɛnyɛ awufo na wɔkamfo \nd Awurade\nd* \q2 wɔn a wɔkɔ fam dinn no. \q1 \v 18 Yɛn na yɛma \nd Awurade\nd* so \q2 nnɛ ne daa nyinaa. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 116 \cl Dwom 116 \q1 \v 1 Medɔ \nd Awurade\nd* efisɛ, ɔtee me nne. \q2 Ɔtee me mmɔborɔsu. \q1 \v 2 Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti, \q2 mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi. \b \q1 \v 3 Owu ahama bebaree me, \q2 ɔda ho yawdi baa me so, \q2 ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so. \q1 \v 4 Afei mebɔɔ \nd Awurade\nd* din kae se, \q2 “\nd Awurade\nd*, gye me nkwa!” \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni; \q2 ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* bɔ ɔwɛmfo ho ban; \q2 bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me. \b \q1 \v 7 Nya abotɔyam bio, me kra, \q2 efisɛ \nd Awurade\nd* ne wo adi no yiye. \b \q1 \v 8 Na wo, \nd Awurade\nd*, woagye me kra afi owu mu; \q2 woamma mʼani amporow nisu, \q2 na woamma mʼanan anhintiw \q1 \v 9 sɛ mɛnantew \nd Awurade\nd* anim \q2 wɔ ateasefo asase so. \b \q1 \v 10 Migye dii; ɛno nti mekae se, \q2 “Mewɔ ahohia kɛse mu.” \q1 \v 11 Na mʼahokyere mu mekae se, \q2 “Nnipa nyinaa yɛ atorofo.” \b \q1 \v 12 Dɛn na metumi de atua \nd Awurade\nd* ka \q2 wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa? \b \q1 \v 13 Mɛma nkwagye kuruwa no so \q2 na mabɔ \nd Awurade\nd* din. \q1 \v 14 Medi bɔ a mahyɛ \nd Awurade\nd* no nyinaa so \q2 wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim. \b \q1 \v 15 Awurade nkoa nokwafo wu \q2 som bo wɔ \nd Awurade\nd* ani so. \q1 \v 16 \nd Awurade\nd*, ampa ara meyɛ wo somfo; \q2 meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima; \q2 woayi me afi me mpokyerɛ mu. \b \q1 \v 17 Mɛbɔ aseda afɔre ama wo \q2 na mabɔ \nd Awurade\nd* din. \q1 \v 18 Medi me ntam a maka \nd Awurade\nd* no so \q2 wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim, \q1 \v 19 wɔ adiwo a ɛwɔ \nd Awurade\nd* fi no, \q2 wɔ wʼanim, Yerusalem. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 117 \cl Dwom 117 \q1 \v 1 Mo aman nyinaa, monkamfo \nd Awurade\nd*; \q2 mo nnipa nyinaa, momma ne din so. \q1 \v 2 Na nʼadɔe so wɔ yɛn so, \q2 na \nd Awurade\nd* nokwaredi wɔ hɔ daa. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 118 \cl Dwom 118 \q1 \v 1 Monna \nd Awurade\nd* ase efisɛ oye, \q2 na nʼadɔe wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 2 Momma Israel nka se, \q2 “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.” \q1 \v 3 Momma Aaronfi nka se, \q2 “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.” \q1 \v 4 Momma wɔn a wosuro \nd Awurade\nd* nka se, \q2 “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.” \b \q1 \v 5 Mʼahohia mu, misu frɛɛ \nd Awurade\nd*; \q2 ogyee me so, na ɔma me dee me ho. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* ne me boafo; enti merensuro. \q2 Dɛn na onipa betumi ayɛ me? \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me boafo. \q2 Mede nkonimdi bɛhwɛ mʼatamfo. \b \q1 \v 8 Eye sɛ yebehintaw wɔ \nd Awurade\nd* mu, \q2 sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa so. \q1 \v 9 Eye sɛ yebehintaw \nd Awurade\nd* mu, \q2 sen sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so. \q1 \v 10 Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiae, \q2 nanso \nd Awurade\nd* din mu mitwitwaa wɔn gui. \q1 \v 11 Wotwaa me ho hyiaa wɔ baabiara, \q2 nanso \nd Awurade\nd* din mu, mitwitwaa wɔn gui. \q1 \v 12 Wɔkyere guu me so sɛ nnowa, \q2 nanso wɔhyew ntɛm so sɛ nsɔe a ogya atɔ mu; \q2 \nd Awurade\nd* din mu mitwitwaa wɔn gui. \q1 \v 13 Wosum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, \q2 nanso \nd Awurade\nd* boaa me. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* yɛ mʼahoɔden ne me bammɔ; \q2 wayɛ me nkwagye. \b \q1 \v 15 Osebɔ ne nkonimdi \q2 gyigye wɔ atreneefo ntamadan mu se, \q1 “\nd Awurade\nd* nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse! \q2 \v 16 Wɔama \nd Awurade\nd* nsa nifa so; \q2 \nd Awurade\nd* nsa nifa ayɛ nneɛma akɛse!” \q1 \v 17 Merenwu, mmom mɛtena ase \q2 na mapae mu aka nea \nd Awurade\nd* ayɛ. \q1 \v 18 \nd Awurade\nd* atwe mʼaso dennen, \q2 nanso onyaa me mmaa owu ɛ. \q1 \v 19 Bue trenee apon ma me; \q2 na mɛhyɛn mu na mede aseda ama \nd Awurade\nd*. \q1 \v 20 \nd Awurade\nd* ponkɛse ni; \q2 ɛhɔ na atreneefo bɛfa ahyɛn mu. \q1 \v 21 Mɛda wo ase, efisɛ wugyee me so; \q2 na woayɛ me nkwagye. \b \q1 \v 22 Ɔbo a adansifo no poe no, \q2 abɛyɛ tweatibo. \q1 \v 23 \nd Awurade\nd* na wayɛ eyi, \q2 na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so. \q1 \v 24 Nnɛ yɛ da a \nd Awurade\nd* ayɛ. \q2 Momma yɛn ani nnye na yenni ahurusi. \b \q1 \v 25 \nd Awurade\nd*, gye yɛn nkwa; \q2 \nd Awurade\nd*, ma yɛn nkonimdi. \b \q1 \v 26 Nhyira ne nea ɔnam \nd Awurade\nd* din mu reba. \q2 Yehyira wo fi \nd Awurade\nd* fi. \q1 \v 27 \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn, \q2 na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. \q1 Momfa nnua mman nkura na yɛnto afɔrebɔ santen \q2 nkɔ afɔremuka no mmɛn ho. \b \q1 \v 28 Woyɛ me Nyankopɔn na meyi wo ayɛ; \q2 wone me Nyankopɔn na mɛma wo so. \b \q1 \v 29 Monna \nd Awurade\nd* ase, efisɛ oye; \q2 na nʼadɔe wɔ hɔ daa. \c 119 \cl Dwom 119 \s1 \nd Awurade\nd* Mmara \q1 \v 1 Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ, \q2 na wɔnantew sɛnea \nd Awurade\nd* mmara kyerɛ. \q1 \v 2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde, \q2 na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no. \q1 \v 3 Wɔnyɛ mfomso biara; \q2 na wɔnam nʼakwan so. \q1 \v 4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ \q2 a ɛsɛ sɛ wodi so pɛpɛɛpɛ. \q1 \v 5 Ao, sɛ anka mʼakwan besi pi, \q2 ayɛ osetie wɔ wo hyɛ nsɛm ho ɛ! \q1 \v 6 Sɛ midwen wo mmaransɛm no nyinaa ho a, \q2 ɛno de, anka mʼanim rengu ase. \q1 \v 7 Mede koma a mu tew bɛkamfo wo \q2 bere a meresua wo mmara a ɛteɛ no. \q1 \v 8 Medi wo hyɛ nsɛm so; \q2 na nnyaw me korakora. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Ho Osetie \q1 \v 9 Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew? \q2 Ɛsɛ sɛ odi wʼasɛm so. \q1 \v 10 Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo; \q2 mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho. \q1 \v 11 Mede wʼasɛm asie me koma mu \q2 sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo. \q1 \v 12 \nd Awurade\nd*, ayeyi nka wo; \q2 kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. \q1 \v 13 Mede mʼano ka mmara \q2 a efi wʼanom nyinaa. \q1 \v 14 Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so, \q2 sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no. \q1 \v 15 Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho \q2 na mehwehwɛ wʼakwan mu. \q1 \v 16 Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho; \q2 na merentoto wʼasɛm ase. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Mu Ahotɔ \q1 \v 17 Yɛ wo somfo yiye; \q2 na matena ase adi wʼasɛm so. \q1 \v 18 Bue mʼani na minhu anwonwade a \q2 ɛwɔ wo mmara no mu. \q1 \v 19 Meyɛ ɔnanani wɔ asase so; \q2 mfa wo mmaransɛm no nhintaw me. \q1 \v 20 Me kra tɔ beraw bere biara, \q2 wo mmara ho anigyina nti. \q1 \v 21 Woka ahantanfo anim, wɔn a wɔadome wɔn, \q2 na wɔman fi wo mmaransɛm ho no. \q1 \v 22 Yi wɔn animka ne animtiaabu fi me mu, \q2 efisɛ midi wʼahyɛde so. \q1 \v 23 Ɛwɔ mu sɛ sodifo hyia di me ho nseku, \q2 nanso wo somfo bedwinnwen wʼahyɛde ho. \q1 \v 24 Wʼahyɛde yɛ mʼanigyede \q2 na ɛyɛ me fotufo. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Sodi Ho Bɔhyɛ \q1 \v 25 Woabrɛ me ase ma meda mfutuma mu; \q2 kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm no te. \q1 \v 26 Mesesee mʼakwan na wugyee me so; \q2 kyerɛkyerɛ me wʼahyɛde. \q1 \v 27 Ma mente nea ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase; \q2 na mesusuw wʼanwonwade ho. \q1 \v 28 Awerɛhow ama me kra atɔ beraw; \q2 hyɛ me den sɛnea wʼasɛm no kyerɛ. \q1 \v 29 Yi me fi nnaadaa akwan so; \q2 na fa wo mmara so dom me. \q1 \v 30 Mafa nokware kwan no so; \q2 mede me koma abata wo mmara ho. \q1 \v 31 \nd Awurade\nd*, mikura wo nkyerɛkyerɛ mu dennen, \q2 mma mʼanim ngu ase. \q1 \v 32 Mitu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so, \q2 efisɛ woama mʼadwene mu adɔ. \s1 Ntease Ho Mpaebɔ \q1 \v 33 Kyerɛkyerɛ me, \nd Awurade\nd*, na minni wo hyɛ nsɛm so, \q2 na medi so akosi awiei. \q1 \v 34 Ma me ntease, na medi wo mmara so, \q2 na mede me koma nyinaa bedi so. \q1 \v 35 Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no \q2 na hɔ na minya anigye. \q1 \v 36 Dan me koma kɔ wʼahyɛde ho \q2 na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya so mfaso ho. \q1 \v 37 Yi mʼani fi nneɛma hunu so; \q2 na kyɛe me nkwa so sɛnea wʼasɛm te. \q1 \v 38 Di bɔ a woahyɛ wo somfo no so, \q2 na wasuro wo. \q1 \v 39 Yi animguase a ɛbɔ me hu no fi hɔ, \q2 efisɛ wo mmara yɛ papa. \q1 \v 40 Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no! \q2 Kyɛe me nkwa so wɔ wo trenee mu. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Mu Ahotoso \q1 \v 41 \nd Awurade\nd*, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so, \q2 wo nkwagye no, sɛnea wo bɔhyɛ no te. \q1 \v 42 Afei mebua nea oyi me ahi no, \q2 efisɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotoso. \q1 \v 43 Nyi nokwasɛm no mfi mʼanom, \q2 efisɛ mʼanidaso wɔ wo mmara mu. \q1 \v 44 Medi wo mmara so bere biara \q2 akosi daa apem. \q1 \v 45 Mede ahofadi bɛnantew, \q2 efisɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ. \q1 \v 46 Mɛka wʼahyɛde ho asɛm wɔ ahemfo anim \q2 na wɔrengu mʼanim ase, \q1 \v 47 efisɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho, \q2 na medɔ no. \q1 \v 48 Mede nidi ma wo mmaransɛm a medɔ no, \q2 na midwinnwen wo hyɛ nsɛm ho. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara No Mu Ahotoso \q1 \v 49 Kae asɛm a woaka akyerɛ wo somfo, \q2 efisɛ woama me anidaso. \q1 \v 50 Mʼawerɛkyekye wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ: \q2 Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so. \q1 \v 51 Ahantanfo bu me animtiaa bebree, \q2 nanso mennan mfi wo mmara ho. \q1 \v 52 \nd Awurade\nd* mekae wo tete mmara no, \q2 na minya awerɛkyekye wɔ mu. \q1 \v 53 Abufuw hyɛ me ma, esiane amumɔyɛfo \q2 a wɔapo wo mmara nti. \q1 \v 54 Wo hyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban \q2 wɔ baabiara a mesoɛ. \q1 \v 55 \nd Awurade\nd*, anadwo mekae wo din, \q2 na medi wo mmara so. \q1 \v 56 Eyi ne ade a meyɛ da biara, \q2 midi wo nkyerɛkyerɛ so. \s1 Ahofama Wɔ \nd Awurade\nd* Mmara Sodi Mu \q1 \v 57 \nd Awurade\nd*, wo ne me kyɛfa; \q2 mahyɛ bɔ sɛ medi wo nsɛm so. \q1 \v 58 Mede me koma nyinaa ahwehwɛ wo; \q2 hu me mmɔbɔ sɛnea wo bɔhyɛ no te. \q1 \v 59 Madwene mʼakwan ho \q2 na madan mʼanammɔntu akyerɛ wʼahyɛde. \q1 \v 60 Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn \q2 sɛ medi wo mmara nsɛm so. \q1 \v 61 Ɛwɔ mu, amumɔyɛfo de hama kyekyere me, \q2 nanso me werɛ remfi wo mmara. \q1 \v 62 Ɔdasu mu, mesɔre de wʼaseda ma wo, \q2 wo mmara a ɛteɛ nti. \q1 \v 63 Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo, \q2 wɔn a wodi wo nkyerɛkyerɛ so nyinaa. \q1 \v 64 \nd Awurade\nd*, wʼadɔe ahyɛ asase so ma; \q2 kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Sodi So Mfaso \q1 \v 65 Wo ne wo somfo nni no yiye \q2 sɛnea wʼasɛm te, \nd Awurade\nd*. \q1 \v 66 Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmu pa, \q2 efisɛ migye wo mmara nsɛm no di. \q1 \v 67 Mefom ɔkwan ansa na mihuu amane, \q2 na mprempren de midi wʼasɛm so. \q1 \v 68 Wuye, na nea woyɛ nso ye; \q2 kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. \q1 \v 69 Ahantanfo de atoro asra me ho de, \q2 nanso mede me koma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so. \q1 \v 70 Wɔn koma yɛ den na wonni ɔtema, \q2 nanso mʼani gye wo mmara ho. \q1 \v 71 Eye sɛ mihuu amane \q2 sɛnea mesua wo hyɛ nsɛm. \q1 \v 72 Mmara a efi wʼanom no som bo ma me \q2 sen dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpem mpem. \s1 Nokware A Ɛwɔ \nd Awurade\nd* Mmara Mu \q1 \v 73 Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwenee me; \q2 ma me ntease a mede besua wo mmara nsɛm. \q1 \v 74 Sɛ wɔn a wosuro wo no hu me a, ma wɔn ani nnye, \q2 efisɛ mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu. \q1 \v 75 \nd Awurade\nd*, minim sɛnea wo mmara te, \q2 na nokwaredi mu na woatwe mʼaso. \q1 \v 76 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no nkyekye me werɛ \q2 sɛnea bɔ a woahyɛ wo somfo no te no. \q1 \v 77 Ma wʼayamhyehye mmra me so, na minnya nkwa, \q2 efisɛ mʼani ka wo mmara ho. \q1 \v 78 Ma ahantanfo ani nwu sɛ wɔfom me kwa nti \q2 nanso mesusuw wo nkyerɛkyerɛ ho. \q1 \v 79 Ma wɔn a wosuro wo no mmra me nkyɛn, \q2 wɔn a wɔte wo mmara ase no. \q1 \v 80 Ma me koma nnya bembu wɔ wo hyɛ nsɛm ho, \q2 na mʼanim angu ase. \s1 Ogye Mpaebɔ \q1 \v 81 Wo nkwagye ho anigyina ama me kra atɔ piti, \q2 nanso mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu. \q1 \v 82 Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu; \q2 meka se, “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?” \q1 \v 83 Ɛwɔ mu sɛ mete sɛ nsa kotoku a ɛsɛn wusiw ano de, \q2 nanso me werɛ mfi wo hyɛ nsɛm no. \q1 \v 84 Wo somfo ntwɛn nkosi da bɛn? \q2 Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso? \q1 \v 85 Ahantanfo atu amoa de asum me afiri, \q2 a ɛne wo mmara bɔ abira. \q1 \v 86 Wo mmara nsɛm nyinaa mu wɔ ahotoso; \q2 boa me, efisɛ nnipa taa me kwa. \q1 \v 87 Ɛkaa kakraa bi a anka woyii me fii asase so, \q2 nanso minnyaee wo nkyerɛkyerɛ sodi. \q1 \v 88 Kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te, \q2 na medi nkyerɛkyerɛ a efi wʼanom no so. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Mu Gyidi \q1 \v 89 \nd Awurade\nd*, wʼasɛm no wɔ hɔ daa; \q2 egyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro. \q1 \v 90 Wo nokwaredi kɔ so wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu; \q2 wode asase sii hɔ, na etim hɔ. \q1 \v 91 Wo mmara wɔ hɔ besi nnɛ, \q2 na nneɛma nyinaa som wo. \q1 \v 92 Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a, \q2 anka mʼamanehunu akum me. \q1 \v 93 Me werɛ remfi wo nkyerɛkyerɛ no, \q2 efisɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so. \q1 \v 94 Gye me nkwa, na meyɛ wo de; \q2 na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no. \q1 \v 95 Amumɔyɛfo retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me, \q2 nanso, misusuw wʼahyɛde ho. \q1 \v 96 Mahu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ nea ɛkɔpem; \q2 nanso wo mmara nsɛm no nni ɔhye. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Ho Dɔ \q1 \v 97 Ao, medɔ wo mmara no yiye! \q2 Midwinnwen ho da mu nyinaa. \q1 \v 98 Wo mmara nsɛm ma mihu nyansa sen mʼatamfo, \q2 efisɛ ɛwɔ me nkyɛn daa. \q1 \v 99 Mewɔ nhumu sen mʼakyerɛkyerɛfo nyinaa, \q2 efisɛ midwinnwen wʼahyɛde ho. \q1 \v 100 Mewɔ ntease sen mpanyimfo, \q2 efisɛ midi wo nkyerɛkyerɛ so. \q1 \v 101 Memfaa mʼanan nsii ɔkwan bɔne biara so \q2 sɛnea metumi ayɛ osetie ama wʼasɛm. \q1 \v 102 Memman mfii wo mmara ho, \q2 efisɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me. \q1 \v 103 Wo nsɛm yɛ me dɛ, \q2 ɛyɛ dɛ sen ɛwo wɔ mʼanom. \q1 \v 104 Minya ntease fi wo nkyerɛkyerɛ mu; \q2 enti mikyi ɔkwan bɔne biara. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Yɛ Kanea \q1 \v 105 Wʼasɛm yɛ mʼanan ase kanea \q2 ne me kwan so hann. \q1 \v 106 Maka ntam ahyɛ mu kena se \q2 medi wo trenee mmara no so. \q1 \v 107 Mahu amane bebree; \q2 kyɛe me nkwa so, \nd Awurade\nd*, sɛnea wʼasɛm te. \q1 \v 108 \nd Awurade\nd*, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a efi me pɛ mu, \q2 na kyerɛkyerɛ me wo mmara. \q1 \v 109 Ɛwɔ mu sɛ daa metoto me nkwa ase de, \q2 nanso me werɛ remfi wo mmara. \q1 \v 110 Amumɔyɛfo asum me afiri, \q2 nanso memfom mfii wo nkyerɛkyerɛ ho. \q1 \v 111 Wʼahyɛde yɛ mʼagyapade afebɔɔ; \q2 ɛma me koma ani gye. \q1 \v 112 Me koma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo hyɛ nsɛm so \q2 akosi awiei. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Mu Bammɔ \q1 \v 113 Mikyi nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta, \q2 na medɔ wo mmara. \q1 \v 114 Wone me guankɔbea ne me kyɛm; \q2 mede mʼanidaso ahyɛ wʼasɛm mu. \q1 \v 115 Mumfi me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo, \q2 na minni me Nyankopɔn mmara nsɛm so! \q1 \v 116 Wowaw me sɛnea wo bɔhyɛ no te, na mɛtena nkwa mu; \q2 mma mʼanidaso nyɛ ɔkwa. \q1 \v 117 So me mu, na menya ogye; \q2 na bere biara mɛhwɛ wo hyɛ nsɛm no. \q1 \v 118 Wopo wɔn a wɔfom wo hyɛ nsɛm nyinaa, \q2 na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa. \q1 \v 119 Wotow amumɔyɛfo nyinaa gu sɛ afide; \q2 enti medɔ wʼahyɛde. \q1 \v 120 Wo ho suro ma me ho popo; \q2 wo mmara abɔ me hu. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Ho Setie \q1 \v 121 Mayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ. \q2 Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me so! \q1 \v 122 Hwɛ ma wo somfo nni yiye; \q2 mma ahantanfo nhyɛ me so. \q1 \v 123 Mahwɛ wo nkwagye anim ama mʼani abu, \q2 ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛteɛ no. \q1 \v 124 Wo ne wo somfo nni no sɛnea wʼadɔe te, \q2 na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. \q1 \v 125 Meyɛ wo somfo; ma me nhumu \q2 na mate wʼahyɛde ase. \q1 \v 126 \nd Awurade\nd*, bere aso sɛ woyɛ biribi; \q2 wɔrebu wo mmara so. \q1 \v 127 Esiane sɛ medɔ wo mmara nsɛm \q2 sen sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ ankasa, \q1 \v 128 na midwen sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa ye nti, \q2 mikyi ɔkwan bɔne biara. \s1 Pere Sɛ Wubedi \nd Awurade\nd* Mmara So \q1 \v 129 Wʼahyɛde yɛ nwonwa; \q2 enti midi so. \q1 \v 130 Wo nsɛm asete ma hann; \q2 na ɛma ntetekwaa nya ntease. \q1 \v 131 Mibue mʼanom na migu ahome, \q2 na mʼani gyina wo mmara nsɛm. \q1 \v 132 Dan wʼani hwɛ me na hu me mmɔbɔ \q2 sɛnea woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no. \q1 \v 133 Tutu mʼanammɔn sɛnea wʼasɛm no te; \q2 mma bɔne biara nni me so. \q1 \v 134 Gye me fi nnipa nhyɛso mu, \q2 na madi wo nkyerɛkyerɛ so. \q1 \v 135 Ma wʼanim nhyerɛn wo somfo so \q2 na kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. \q1 \v 136 Nsuten nisu aguare me, \q2 efisɛ nnipa nni wo mmara so. \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Yɛ Pɛ \q1 \v 137 Ɔtreneeni ne wo, \nd Awurade\nd*, \q2 na wo mmara nso yɛ pɛ. \q1 \v 138 Ahyɛde a woayɛ no yɛ trenee; \q2 ɛyɛ nea wonya mu ahotoso pa ara. \q1 \v 139 Abufuw ahyɛ me ma, \q2 efisɛ mʼatamfo bu wɔn ani gu wo nsɛm so. \q1 \v 140 Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahorow no ahwɛ pa ara, \q2 na wo somfo dɔ wɔn. \q1 \v 141 Ɛwɔ mu sɛ menka hwee na memfra de, \q2 nanso me werɛ mfi wo nkyerɛkyerɛ. \q1 \v 142 Wo trenee wɔ hɔ daa, \q2 na wo mmara no yɛ nokware. \q1 \v 143 Ɔhaw ne awerɛhow aba me so, \q2 nanso wo mmara nsɛm ma me ahosɛpɛw. \q1 \v 144 Wʼahyɛde yɛ nokware daa; \q2 ma me ntease na manya nkwa. \s1 Ogye Mpaebɔ \q1 \v 145 \nd Awurade\nd*, mede me koma nyinaa mefrɛ wo, gye me so, \q2 na medi wo hyɛ nsɛm no so. \q1 \v 146 Misu mefrɛ wo, gye me nkwa \q2 na midi wʼahyɛde so. \q1 \v 147 Mesɔre anɔpahema, na misu pɛ mmoa; \q2 mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu. \q1 \v 148 Mʼani gu so anadwo nyinaa, \q2 na misusuw wo bɔhyɛ ho. \q1 \v 149 Tie me nne sɛnea wʼadɔe no te; \q2 \nd Awurade\nd*, kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara te. \q1 \v 150 Wɔn a wɔhyehyɛ atirimɔdensɛm no abɛn, \q2 nanso wɔne wo mmara ntam ware. \q1 \v 151 \nd Awurade\nd*, wo de, wobɛn me, \q2 na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware. \q1 \v 152 Mmere bi a atwa mu no, misuaa wʼahyɛde \q2 a wode tim hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no. \s1 Mmoa Ho Mpaebɔ \q1 \v 153 Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa \q2 efisɛ me werɛ mfii wo mmara no. \q1 \v 154 Di mʼasɛm ma me na gye me; \q2 kyɛe me nkwa so sɛnea wo bɔhyɛ no te. \q1 \v 155 Nkwagye ne atirimɔdenfo ntam kwan ware, \q2 efisɛ wɔnhwehwɛ wo hyɛ nsɛm no. \q1 \v 156 \nd Awurade\nd*, wʼayamhyehye yɛ kɛse; \q2 kyɛe me nkwa so sɛnea wo mmara no te. \q1 \v 157 Atamfo a wɔteetee me dɔɔso, \q2 nanso memman mfii wo nhyehyɛe ho. \q1 \v 158 Mehwɛ wɔn a wonni gyidi no a wɔn ho yɛ me nwini, \q2 efisɛ wonni wʼasɛm so. \q1 \v 159 Hwɛ sɛnea mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho; \q2 \nd Awurade\nd*, kyɛe me nkwa so sɛnea wʼadɔe te. \q1 \v 160 Wo nsɛm nyinaa yɛ nokware; \q2 na wo mmara a ɛteɛ no to rentwa da. \s1 Nya Ahofama Ma \nd Awurade\nd* Mmara \q1 \v 161 Sodifo taataa me kwa, \q2 nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na misuro. \q1 \v 162 Mʼani gye wo bɔhyɛ ho \q2 te sɛ obi a wanya asade kɛse. \q1 \v 163 Mikyi nkontompo \q2 na medɔ wo mmara. \q1 \v 164 Mekamfo wo mpɛn ason da biara, \q2 wo mmara a ɛteɛ no nti. \q1 \v 165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoe mmoroso, \q2 na biribiara rentumi mma wonhintiw. \q1 \v 166 \nd Awurade\nd*, metwɛn wo nkwagye, \q2 na midi wo mmara nsɛm so. \q1 \v 167 Midi wʼahyɛde so \q2 na medɔ no yiye. \q1 \v 168 Midi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛde so, \q2 na wunim mʼakwan nyinaa. \s1 Mmoa Ho Mpaebɔ \q1 \v 169 \nd Awurade\nd*, ma me sufrɛ nnu wʼanim; \q2 ma me ntease sɛnea wʼasɛm no te. \q1 \v 170 Ma me nkotosrɛ nnu wʼanim; \q2 na gye me sɛnea wo bɔhyɛ no te. \q1 \v 171 Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; \q2 efisɛ wokyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm. \q1 \v 172 Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom, \q2 efisɛ wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee. \q1 \v 173 Ma wo nsa nyɛ krado mmɛboa me, \q2 efisɛ maso wo nkyerɛkyerɛ no mu. \q1 \v 174 \nd Awurade\nd*, mʼani agyina wo nkwagye, \q2 na wo mmara yɛ mʼanigyede. \q1 \v 175 Ma mentena nkwa mu na matumi akamfo wo, \q2 na wo mmara nso awowaw me. \q1 \v 176 Mafom kwan sɛ oguan a wayera. \q2 Hwehwɛ wo somfo, \q2 efisɛ me werɛ mfii wo mmara nsɛm no ɛ. \c 120 \cl Dwom 120 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 Misu frɛ \nd Awurade\nd* wɔ mʼahohiahia mu, \q2 na ogye me so. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd*, gye me fi atoro ano, \q2 ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. \b \q1 \v 3 Dɛn na ɔbɛyɛ wo, \q2 na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma? \q1 \v 4 Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam \q2 ne nnyansramma bɛtwe wʼaso. \b \q1 \v 5 Nnome nka me sɛ metena Mesek, \q2 na mete Kedar ntamadan mu! \q1 \v 6 Matena wɔn a wokyi asomdwoe \q2 mu akyɛ dodo. \q1 \v 7 Meyɛ asomdwoe nipa; \q2 nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko. \c 121 \cl Dwom 121 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no, \q2 ɛhe na me mmoa fi bɛba? \q1 \v 2 Me mmoa fi \nd Awurade\nd*, \q2 ɔsoro ne asase yɛfo no. \b \q1 \v 3 Ɔremma wo nan nwatiri, \q2 nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko. \q1 \v 4 Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel no \q2 rentɔ nko na ɔrenna. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* hwɛ wo so; \q2 \nd Awurade\nd* ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so; \q1 \v 6 Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu, \q2 na ɔsram nso rensɛe wo anadwo. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho, \q2 ɔbɛhwɛ wo nkwa so; \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so \q2 mprempren ne daa. \c 122 \cl Dwom 122 \d Ɔsoroforo dwom. Dawid de. \q1 \v 1 Me ne wɔn a wosee me sɛ, \q2 “Ma yɛnkɔ \nd Awurade\nd* fi” no ani gyei. \q1 \v 2 Yegyinagyina wʼaponkɛse ano, \q2 Yerusalem. \b \q1 \v 3 Wɔakyekyere Yerusalem yiye sɛ kuropɔn \q2 wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ. \q1 \v 4 Ɛhɔ na mmusuakuw no kɔ, \q2 \nd Awurade\nd* mmusuakuw no, \q1 Wɔkɔkamfo \nd Awurade\nd* din, \q2 sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te. \q1 \v 5 Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi, \q2 Dawid fi nhengua no. \b \q1 \v 6 Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se, \q2 “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ. \q1 \v 7 Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu \q2 na bammɔ mmra wʼaban mu.” \q1 \v 8 Me nuanom ne me nnamfonom nti, \q2 mɛka se, “Asomdwoe ntena wo mu.” \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn fi nti, \q2 mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ. \c 123 \cl Dwom 123 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 Mema mʼani so kyerɛ wo, \q2 wo a wʼahengua si ɔsoro. \q1 \v 2 Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, \q2 sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no, \q1 saa ara na yɛn ani hwɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn \q2 kosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ. \b \q1 \v 3 Hu yɛn mmɔbɔ, \nd Awurade\nd*, hu yɛn mmɔbɔ, \q2 na wɔabu yɛn animtiaa bebree. \q1 \v 4 Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo, \q2 ahantanfo animtiaabu afono yɛn. \c 124 \cl Dwom 124 \d Ɔsoroforo dwom. Dawid de. \q1 \v 1 Sɛ anka \nd Awurade\nd* nni yɛn afa a, \q2 ma Israel nka, \q1 \v 2 Sɛ anka \nd Awurade\nd* nni yɛn afa \q2 bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so, \q1 \v 3 bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a \q2 anka wɔmemenee yɛn anikann; \q1 \v 4 anka nsuyiri no bebu afa yɛn so, \q2 anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ, \q1 \v 5 anka nsu a ano yɛ den no \q2 bɛpra yɛn kɔ. \b \q1 \v 6 Ayeyi nka \nd Awurade\nd* a \q2 wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu. \q1 \v 7 Yɛaguan sɛ anomaa \q2 afi ofirisumfo afiri mu; \q1 wɔabubu afiri no, \q2 ama yɛaguan. \q1 \v 8 Yɛn mmoa wɔ \nd Awurade\nd* din mu, \q2 ɔsoro ne asase Yɛfo no. \c 125 \cl Dwom 125 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 Wɔn a wɔde wɔn ho to \nd Awurade\nd* so no te sɛ Bepɔw Sion, \q2 a ɛnwosow na etim hɔ daa no. \q1 \v 2 Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, \q2 saa ara na \nd Awurade\nd* atwa ne nkurɔfo ho ahyia \q2 mprempren ne daa. \b \q1 \v 3 Amumɔyɛfo ahempema renka asase a \q2 wɔde ama atreneefo no so, \q1 sɛ ɛba saa a, atreneefo \q2 nam wɔn so bɛyɛ bɔne. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, \q2 wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa. \q1 \v 5 Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de, \q2 \nd Awurade\nd* betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu. \b \q1 Asomdwoe nka Israel. \c 126 \cl Dwom 126 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 Bere a \nd Awurade\nd* de Sion fi nnommum san bae no, \q2 yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae. \q1 \v 2 Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, \q2 anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. \q1 Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se, \q2 “\nd Awurade\nd* ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.” \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn, \q2 na anigye ahyɛ yɛn ma. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd*, san fa yɛn siade ma yɛn, \q2 te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no. \q1 \v 5 Wɔn a wodua no nusu mu no \q2 de anigye nnwom betwa. \q1 \v 6 Wɔn a wɔde osu fi adi \q2 so aba a wɔrekodua no, \q1 de anigye nnwom bɛsan aba \q2 a wɔsoso nnɔbae afiafi. \c 127 \cl Dwom 127 \d Ɔsoroforo dwom. Salomo de. \q1 \v 1 Sɛ \nd Awurade\nd* ansi ɔdan no a, \q2 adansifo no yɛ ho adwuma kwa. \q1 Sɛ \nd Awurade\nd* ammɔ kuropɔn no ho ban a, \q2 awɛmfo no wɛn kwa. \q1 \v 2 Sɛ wosɔre anɔpahema \q2 na wotena kosi anadwo, \q1 na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a, \q2 ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu. \b \q1 \v 3 Mma yɛ agyapade a efi \nd Awurade\nd* hɔ, \q2 na mma yɛ akatua a efi no. \q1 \v 4 Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no \q2 te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam. \q1 \v 5 Nhyira ne onipa a \q2 nʼagyan kotoku ayɛ ma. \q1 Nʼanim rengu ase \q2 bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no. \c 128 \cl Dwom 128 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 Nhyira ne wɔn a wosuro \nd Awurade\nd*, \q2 na wɔnantew nʼakwan so. \q1 \v 2 Wubedi wʼadwuma so aba; \q2 nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de. \q1 \v 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba \q2 wɔ wo fi; \q1 na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi \q2 atwa wo pon ho ahyia. \q1 \v 4 Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira \q2 onipa a osuro \nd Awurade\nd* no. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* nhyira wo mfi Sion \q2 na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ; \q2 wo nkwanna nyinaa. \q1 \v 6 Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma. \q2 Asomdwoe nka Israel. \c 129 \cl Dwom 129 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, \q2 ma Israel nka ɛ. \b \q1 \v 2 “Wɔahyɛ me so pii afi me mmofraase, \q2 nanso wontumi nnii me so nkonim ɛ. \q1 \v 3 Fɛntɛmfo afɛntɛm mʼakyi \q2 ayɛ wɔn nkɔmoa atenten. \q1 \v 4 Nanso \nd Awurade\nd* yɛ ɔtreneeni; \q2 watwitwa amumɔyɛfo hama afi me ho ama made me ho.” \b \q1 \v 5 Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa \q2 mfa animguase nsan wɔn akyi. \q1 \v 6 Ma wɔnnyɛ sɛ sare a ɛwɔ ɔdan atifi, \q1 a ennyin na ɛhyew; \q1 \v 7 na nnɔbaetwafo ntumi nnya biribi mfi mu nhyɛ ne nsa ma, \q2 na nea ɔboaboa ano nso nnya hwee nhyɛ nʼabasa ma. \q1 \v 8 Mma wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nka se, \q2 “\nd Awurade\nd* nhyira mmra mo so; \q2 yehyira mo wɔ \nd Awurade\nd* din mu.” \c 130 \cl Dwom 130 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, mifi bun mu su frɛ wo; \q2 \v 2 \nd Awurade\nd*, tie me nne. \q1 Wɛn wʼaso \q2 ma me nkotosrɛ. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd*, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a, \q2 anka hena na obetumi agyina ano? \q1 \v 4 Nanso wowɔ bɔnefakyɛ; \q2 ɛno nti wosuro wo. \b \q1 \v 5 Metwɛn \nd Awurade\nd*, me mu ade nyinaa twɛn, \q2 na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ. \q1 \v 6 Metwɛn \nd Awurade\nd* \q2 sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee, \q2 sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee. \b \q1 \v 7 Israel, ma wʼani nna \nd Awurade\nd* so, \q2 efisɛ \nd Awurade\nd* wɔ adɔe a enni huammɔ \q2 na ogye ankasa wɔ ne mu. \q1 \v 8 Ɔno ankasa begye Israel \q2 afi wɔn bɔne nyinaa mu. \c 131 \cl Dwom 131 \d Ɔsoroforo dwom. Dawid de. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, ahomaso nni me koma mu, \q2 na mʼani ntraa me ntɔn ɛ; \q1 memma nsɛm akɛse nhaw me \q2 anaa nsɛm a ɛyɛ nwonwa dodo ma me. \q1 \v 2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam \q2 te sɛ akokoaa a ɔda ne na so renum no, \q1 te sɛ akokoaa a otua nufu ano no, \q2 saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu. \b \q1 \v 3 Israel, ma wʼani nna \nd Awurade\nd* so, \q2 mprempren ne daa nyinaa. \c 132 \cl Dwom 132 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* kae Dawid \q2 ne ɔhaw ahorow a ogyinaa ano no. \b \q1 \v 2 Ɔkaa \nd Awurade\nd* ntam, \q2 na ɔhyɛɛ nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob no bɔ se, \q1 \v 3 “Merenhyɛn me fi \q2 na merenkɔda me mpa so, \q1 \v 4 meremma nna mmfa me \q2 na meremma mʼani nkum, \q1 \v 5 kosi sɛ menya baabi ama \nd Awurade\nd*, \q2 baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena.” \b \q1 \v 6 Yɛtee wɔ Efrata, \q2 yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuw so. \q1 \v 7 “Momma yɛnkɔ nʼatenae; \q2 momma yɛnsom wɔ ne nan ntiaso hɔ. \q1 \v 8 ‘\nd Awurade\nd*, sɔre bra wʼahomegyebea, \q2 wo ne wo tumi adaka no. \q1 \v 9 Ma trenee nyɛ sɛ ntade mma wʼasɔfo; \q2 ma wʼahotefo nto ahurusi nnwom.’ ” \b \q1 \v 10 Wo somfo Dawid nti, \q2 nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so. \b \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* kaa ntam kyerɛɛ Dawid, \q2 nokware ntam a ɔntwe nsan se, \q1 “Wʼasefo no mu baako \q2 na mede no bɛtena wʼahengua so. \q1 \v 12 Sɛ wo mmabarima di mʼapam so \q2 na wotie me nkyerɛkyerɛ a, \q1 ɛno de wɔn mmabarima bɛtena \q2 wʼahengua so afebɔɔ.” \b \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* ayi Sion, \q1 ɔde hɔ ayɛ nʼatenae: \q1 \v 14 “Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa; \q2 ɛha na mɛtena adi hene, efisɛ ha na mepɛ, \q1 \v 15 mede nneɛma pa bebree behyira no \q2 na mama nʼahiafo adidi amee. \q1 \v 16 Mede nkwagye befura nʼasɔfo, \q2 na nʼahotewfo ato ahurusi nnwom daa. \b \q1 \v 17 “Mɛma obirɛmpɔn bi apue wɔ Dawid ahenni mu, \q2 na mede kanea asi hɔ ama nea masra no ngo no. \q1 \v 18 Mede aniwu befura nʼatamfo, \q2 nanso wɔbɛhyɛ no ahenkyɛw a ɛhyerɛn.” \c 133 \cl Dwom 133 \d Ɔsoroforo dwom. Dawid de. \q1 \v 1 Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ \q2 sɛ anuanom bɔ mu tena faako! \b \q1 \v 2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, \q2 na esian kogu bɔgyesɛ mu, \q1 esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu, \q2 ma bi kogu nʼatade kɔn mu. \q1 \v 3 Ɛte sɛ Hermon bosu a \q2 ɛtɔ gu Bepɔw Sion so. \q1 Ɛhɔ na \nd Awurade\nd* ahyɛ ne nhyira, \q2 nkwa a to ntwa da no. \c 134 \cl Dwom 134 \d Ɔsoroforo dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* asomfo nyinaa, monkamfo \nd Awurade\nd*, \q2 mo a mosom wɔ \nd Awurade\nd* fi anadwo nyinaa. \q1 \v 2 Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ \q2 na monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no, \q2 mfi Sion nhyira mo. \c 135 \cl Dwom 135 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd* din; \q2 monkamfo no, mo \nd Awurade\nd* asomfo, \q1 \v 2 mo a mosom wɔ \nd Awurade\nd* fi, \q2 wɔ adiwo a ɛwɔ yɛn Nyankopɔn fi. \b \q1 \v 3 Monkamfo \nd Awurade\nd* efisɛ oye; \q2 monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ. \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne de, \q2 wayi Israel sɛ nʼade a ɛsom bo. \b \q1 \v 5 Minim sɛ \nd Awurade\nd* so; \q2 Ɔso sen anyame nyinaa. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* yɛ nea ɔpɛ biara \q2 wɔ ɔsoro ne asase so, \q2 po ne mu bun nyinaa. \q1 \v 7 Ɔma omununkum ma ne ho so fi asase ano ba; \q2 ɔsoma anyinam ka osu ho \q2 na ɔma ahum tu fi ne koradan mu. \b \q1 \v 8 Okum Misraim mmakan, \q2 nnipa ne mmoa mmakan. \q1 \v 9 Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwade baa mo mfimfini, Misraim, \q2 de tiaa Farao ne nʼasomfo nyinaa. \q1 \v 10 Ɔsɛee amanaman pii, \q2 na okunkum ahemfo akɛse, \q1 \v 11 Amorifo hene, Sihon \q2 Basan hene, Og \q2 ne Kanaan ahemfo nyinaa, \q1 \v 12 na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade \q2 ɔde maa ne nkurɔfo Israelfo. \b \q1 \v 13 \nd Awurade\nd*, wo din wɔ hɔ daa. \q2 \nd Awurade\nd* wo din ahyeta awo ntoatoaso nyinaa mu. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* bedi ama ne nkurɔfo \q1 na obehu nʼasomfo mmɔbɔ. \b \q1 \v 15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ \q2 a wɔde onipa nsa na ayɛ. \q1 \v 16 Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa, \q2 wɔwɔ ani, nanso wonhu ade; \q1 \v 17 wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm, \q2 na ɔhome nso nni wɔn anom. \q1 \v 18 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, \q2 saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ. \b \q1 \v 19 Monkamfo \nd Awurade\nd*, mo Israelfo nyinaa; \q2 monkamfo \nd Awurade\nd*, Aaron fi; \q1 \v 20 monkamfo \nd Awurade\nd*, Lewi fi; \q2 monkamfo \nd Awurade\nd*, mo a musuro no. \q1 \v 21 Mumfi Sion nkamfo \nd Awurade\nd*, \q2 monkamfo nea ɔte Yerusalem no. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 136 \cl Dwom 136 \q1 \v 1 Monna \nd Awurade\nd* ase na oye. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 2 Monna anyame mu Nyankopɔn no ase. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 3 Monna awuranom mu Awurade no ase. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 4 Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade akɛse. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 5 Ɔno na ofi ne ntease mu bɔɔ ɔsoro. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 6 Ɔno na ɔtrɛw asase mu de kataa nsu so. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 7 Ɔno na ɔbɔɔ akanea akɛse no. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 8 Ɔbɔɔ owia sɛ enni adekyee so. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa; \q1 \v 9 Ɔbɔɔ sram ne nsoromma sɛ wonni adesae so no. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 10 Ɔno na okunkum Misraimfo mmakan, \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 11 na oyii Israelfo fii wɔn mu no. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 12 Ɔde nsa kɛse ne basa a wateɛ mu. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 13 Ɔno na ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu no, \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 14 na ɔde Israelfo faa mfimfini no. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 15 Nanso ɔpraa Farao ne nʼasraafo guu Po Kɔkɔɔ mu no. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 16 Ɔno na odii ne nkurɔfo anim wɔ sare no so. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 17 Ɔno na okum ahemfo akɛse no, \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 18 na okum ahemfo akunini no. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 19 Okum Amorifo hene, Sihon, \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 20 ne Basanhene, Og. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 21 Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapade. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 22 Ɔde maa ne somfo Israel sɛ agyapade. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 23 Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛwyɛ mu. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 24 Na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \q1 \v 25 Ɔno na ɔma abɔde biara aduan. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \b \q1 \v 26 Monna ɔsorosoro Nyankopɔn no ase. \qr Nʼadɔe wɔ hɔ daa. \c 137 \cl Dwom 137 \q1 \v 1 Babilonia nsubɔnten ho, ɛhɔ na yɛtena suu \q2 bere a yɛkaee Sion no. \q1 \v 2 Ɛhɔ konkɔn so nnua mu \q2 na yɛde yɛn asanku sensɛnee, \q1 \v 3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafo kaa se yɛnto nnwom, \q2 yɛn ahohiafo hwehwɛɛ anigye nnwom fii yɛn nkyɛn; \q2 wɔkae se, “Monto Sion nnwom baako nkyerɛ yɛn!” \b \q1 \v 4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ato \nd Awurade\nd* nnwom, \q2 bere a yɛwɔ ananafo asase so? \q1 \v 5 Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo a \q2 ma me nsa nifa werɛ mfi sankubɔ. \q1 \v 6 Sɛ mankae wo a, \q2 ma me tɛkrɛma nka ntare mʼanom \q1 sɛ mamfa Yerusalem \q2 sɛ mʼanigyede kɛse pa ara a. \b \q1 \v 7 Kae, \nd Awurade\nd*, nea Edomfo yɛɛ \q2 da a Yerusalem hwee ase no. \q1 Wɔteɛɛ mu se, “Munnwiriw, \q2 munnwiriw ngu fam nkɔka ne fapem!” \q1 \v 8 Ɔbabea Babilonia, wɔadome wo akɔ ɔsɛe mu, \q2 nea otua wo ka bio ani gye \q2 wɔ nea wode ayɛ yɛn no ho. \q1 \v 9 Nea ɔkyere wo nkokoaa \q2 de wɔn dwiradwira abotan no ani gye. \c 138 \cl Dwom 138 \d Dawid de. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, mede me koma nyinaa ayi wo ayɛ; \q2 mɛto wʼayeyi dwom wɔ “anyame” no anim. \q1 \v 2 Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akotow wo \q2 na makamfo wo din \q2 wɔ wʼadɔe a enni huammɔ ne wo nokwaredi nti, \q1 efisɛ woama wʼahyɛde no so yiye; \q2 ama asen wo titiriwyɛ. \q1 \v 3 Bere a misu frɛɛ wo no, wugyee me so; \q2 woma minyaa akokoduru ne nnamyɛ. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd*, sɛ ahemfo a wɔwɔ wiase nyinaa te nea woahyɛ no a, \q2 ma wɔnkamfo wo. \q1 \v 5 Ma wɔnto \nd Awurade\nd* akwan ho nnwom, \q2 na \nd Awurade\nd* anuonyam yɛ kɛse. \b \q1 \v 6 Ɛwɔ mu sɛ \nd Awurade\nd* wɔ ɔsorosoro de, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfo, \q2 na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri. \q1 \v 7 Ɛwɔ mu sɛ menam ɔhaw mu de, \q2 nanso wobɔ me nkwa ho ban; \q1 woteɛ wo nsa wɔ mʼatamfo abufuw so, \q2 na wode wo nsa nifa gye me nkwa. \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* bɛma nea wahyehyɛ ama me no aba mu; \q2 \nd Awurade\nd*, wʼadɔe wɔ hɔ daa, \q2 nnyaa wo nsa ano nnwuma akyidi. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 139 \cl Dwom 139 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, woahwehwɛ me mu \q2 na woahu me. \q1 \v 2 Wunim mʼasetena ne me sɔre; \q2 wufi akyirikyiri hu mʼadwene mu. \q1 \v 3 Wunim mʼadifi ne me nnae mu; \q2 wunim mʼakwan nyinaa mu. \q1 \v 4 Ansa na mebue mʼano akasa no \q2 \nd Awurade\nd*, na wunim ne nyinaa dedaw. \q1 \v 5 Woakata me ho nyinaa ahyia \q2 na wobɔ me ho ban. \q1 \v 6 Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo, \q2 ɛkɔ soro dodo ma me sɛ medu ho. \b \q1 \v 7 Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ? \q2 Ɛhe na metumi aguan afi wʼanim akɔ? \q1 \v 8 Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ. \q2 Na mekɔsɛw me kɛtɛ wɔ asaman a, wo ni. \q1 \v 9 Sɛ mede adekyee ntaban tu \q2 na mekɔtena po akyi nohɔ a, \q1 \v 10 mpo hɔ na wo nsa begya me akɔ, \q2 na wo nsa nifa beso me mu. \q1 \v 11 Na meka se, “Ampa ara sum mmɛkata me so \q2 na hann nnan adesae ntwa me ho nhyia a,” \q1 \v 12 sum mpo nyɛ sum mma wo; \q2 na anadwo bɛhyerɛn sɛ awia; \q2 sum ne hann yɛ wo pɛ. \b \q1 \v 13 Na wo na wobɔɔ me honhom \q2 wonwen me wɔ me na awotwaa mu. \q1 \v 14 Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu; \q2 wo nnwuma yɛ nwonwa. \q2 Minim ɛno yiye pa ara. \q1 \v 15 Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo \q2 bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no; \q1 bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no, \q2 \v 16 wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no. \q1 Nna dodow a woatwa ama me no, \q2 wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ wo nhoma mu \q2 ansa na mu baako reba mu. \q1 \v 17 Onyankopɔn, wo nsusuwii som bo ma me! \q2 woka ne nyinaa bɔ mu a, ɛtrɛw dodo! \q1 \v 18 Sɛ mise mɛkan a, \q2 ne dodow bɛboro mpoano nwea, \q1 sɛ minyan a, \q2 me ne wo wɔ hɔ ara. \b \q1 \v 19 Sɛ anka, Onyankopɔn, wubekunkum amumɔyɛfo ɛ! \q1 Mumfi me so, mo a moyɛ mogyapɛfo! \q1 \v 20 Wɔde adwemmɔne ka wo ho asɛm; \q2 wʼatamfo mmmɔ wo din pa. \q1 \v 21 \nd Awurade\nd*, metan wɔn a wɔtan wo, \q2 na mikyi wɔn a wɔsɔre tia wo no ana? \q1 \v 22 Minni hwee sɛ ɔtan a mewɔ ma wɔn; \q2 mefa wɔn sɛ mʼatamfo. \q1 \v 23 Hwehwɛ me mu, Onyankopɔn, na hu me koma; \q2 sɔ me hwɛ, na hu mʼadwene. \q1 \v 24 Hwɛ sɛ bɔne bi wɔ me mu a, \q2 na di mʼanim fa daa nkwa kwan so. \d Wɔde ma dwonkyerɛfo. \c 140 \cl Dwom 140 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam; \q2 bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam, \q1 \v 2 wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma mu \q2 na wɔhwanyan ɔko mu da biara. \q1 \v 3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de; \q2 nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd*, yi me fi amumɔyɛfo nsam; \q2 bɔ me ho ban fi basabasayɛfo a \q2 wodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho. \q1 \v 5 Ahantanfo asum me afiri; \q2 wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu \q2 wɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so. \b \q1 \v 6 \nd Awurade\nd*, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.” \q2 \nd Awurade\nd*, tie me mmɔborɔsu. \q1 \v 7 Otumfo \nd Awurade\nd*, me gyefo hoɔdenfo, \q2 wokata me ti so wɔ ɔko da, \q1 \v 8 nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, \nd Awurade\nd*; \q2 mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye. \b \q1 \v 9 Wɔatwa me ho ahyia, \q2 nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn. \q1 \v 10 Ma nnyansramma ngu wɔn so; \q2 ma wɔntow wɔn ngu ogya mu, \q2 ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio. \q1 \v 11 Mma dinsɛefo ase ntim asase no so; \q2 ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo. \b \q1 \v 12 Minim sɛ \nd Awurade\nd* bu ahiafo atɛntrenee \q2 na odi onnibi asɛm ma no. \q1 \v 13 Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din \q2 na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim. \c 141 \cl Dwom 141 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, misu frɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so. \q2 Sɛ misu frɛ wo a, gye me so. \q1 \v 2 Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam; \q2 ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd*, ma ɔwɛmfo nwɛn mʼano; \q2 na wɛn mʼano pon. \q1 \v 4 Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho, \q2 na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi, \q1 mma me ne abɔnefo \q2 nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade. \b \q1 \v 5 Ma ɔtreneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamye; \q2 ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me ti so ngo. \q1 Me ti rempo. \q2 Me mpaebɔ da so tia abɔnefo nneyɛe daa. \b \q1 \v 6 Wɔbɛtow wɔn sodifo afi ɔbotan so abɛhwe fam; \q2 na amumɔyɛfo behu sɛ me nsɛm no yɛ nokware. \q1 \v 7 Wɔbɛka se, “Sɛnea obi funtum na otutu asase no, \q2 saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɔda ano.” \b \q1 \v 8 Nanso Otumfo \nd Awurade\nd*, mʼani wɔ wo so; \q2 wo mu na mihintaw, nnyaw me mma owu. \q1 \v 9 Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no ho, \q2 mfiri a abɔnefo asunsum no. \q1 \v 10 Ma amumɔyɛfo no ankasa ɔtan nyi wɔn, \q2 bere a mitwa mu kɔ dwoodwoo no. \c 142 \cl Dwom 142 \d Dawid de. Bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaebɔ. \q1 \v 1 Meteɛ mu su frɛ \nd Awurade\nd*; \q2 mema me nne so su frɛ \nd Awurade\nd* sɛ onhu me mmɔbɔ. \q1 \v 2 Mihwie mʼahiasɛm gu nʼanim; \q2 meka me haw kyerɛ no. \b \q1 \v 3 Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a, \q2 ɛyɛ wo na wunim me kwan. \q1 Ɔkwan a menam so no \q2 nnipa asum me afiri. \q1 \v 4 Hwɛ na hu, obiara nni me nifa so; \q2 mʼasɛm mfa obiara ho; \q1 minni guankɔbea bi; \q2 me nkwa mfa obiara ho. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, misu frɛ wo; \q2 mise, “Wone me guankɔbea, \q2 me kyɛfa wɔ ateasefo asase so.” \q1 \v 6 Tie me sufrɛ, \q2 na mewɔ ahohia kɛse mu; \q1 gye me fi mʼataafo nsam, \q2 efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. \q1 \v 7 Yi me fi mʼafiase, \q2 na makamfo wo din. \b \q1 Afei atreneefo betwa me ho ahyia \q2 esiane wo papa a woayɛ me no nti. \c 143 \cl Dwom 143 \d Dawid dwom. \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, tie me mpaebɔ, \q2 tie me mmɔborɔsu; \q1 fi wo nokwaredi ne trenee mu \q2 bra bɛboa me. \q1 \v 2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu, \q2 na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim. \q1 \v 3 Ɔtamfo no taa me, \q2 ɔbɔ me hwe fam; \q1 ɔma me tena sum mu \q2 te sɛ wɔn a wowuwuu dedaada. \q1 \v 4 Ɛno nti me honhom atɔ beraw wɔ me mu; \q2 na me koma di yaw wɔ me mu. \q1 \v 5 Mekae tete nna no; \q2 midwinnwen wo nnwuma \q2 ne nea wo nsa ayɛ nyinaa ho. \q1 \v 6 Mema me nsa so kyerɛ wo; \q2 wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd*, gye me so ntɛm; \q2 me honhom tɔ piti. \q1 Mfa wʼanim nhintaw me \q2 anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no. \q1 \v 8 Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, \q2 na mede me ho ato wo so. \q1 Kyerɛ me ɔkwan a memfa so, \q2 na wo na mema me kra so kyerɛ. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* gye me fi mʼatamfo nsam, \q2 na wo mu na mede me ho hintaw. \q1 \v 10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde, \q2 na wo ne me Nyankopɔn; \q1 ma wo honhom pa no \q2 nkogya me asasetaw so. \b \q1 \v 11 \nd Awurade\nd*, wo din nti, kyɛe me nkwa so; \q2 wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu. \q1 \v 12 Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano; \q2 na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa, \q2 na meyɛ wo somfo. \c 144 \cl Dwom 144 \d Dawid de. \q1 \v 1 Nkamfo nka \nd Awurade\nd*, me Botan, \q2 nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee, \q2 ne me nsateaa ma ɔsa. \q1 \v 2 Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen, \q2 me bammɔ ne me gyefo, \q1 me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu, \q2 ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd*, hena ne onipa a wʼani ku no ho \q2 onipa ba a wudwen ne ho yi? \q1 \v 4 Onipa te sɛ ɔhome; \q2 ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam; \q2 fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw. \q1 \v 6 Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete; \q2 to wo mmɛmma no ma wonguan. \q1 \v 7 Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam; \q2 gye me na yi me \q1 fi nsu akɛse ho, \q2 fi ananafo nsam, \q1 \v 8 wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma, \q2 na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. \b \q1 \v 9 Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo; \q2 mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo, \q1 \v 10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo, \q2 na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano. \b \q1 \v 11 Gye me na yi me fi \q2 ananafo nsam, \q1 wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma \q2 na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa. \b \q1 \v 12 Afei yɛn mmabarima mmerantebere mu \q2 bɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye, \q1 na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ adum \q2 a wɔasen de asiesie ahemfi. \q1 \v 13 Yɛn asan bɛyɛ amaama; \q2 aduan ahorow biara bɛba so. \q1 Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem, \q2 wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so; \q2 \v 14 yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru. \q1 Wɔrennwiriw afasu, \q2 yɛrenkɔ nkoasom mu, \q2 na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so. \q1 \v 15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. \q2 Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne \nd Awurade\nd*. \c 145 \cl Dwom 145 \d Ayeyi dwom. Dawid de. \q1 \v 1 Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse; \q2 mɛkamfo wo din daa daa. \q1 \v 2 Da biara, mɛkamfo wo; \q2 na mama wo din so daa daa. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* so, na ɔsɛ nkamfo kɛse; \q2 obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ. \q1 \v 4 Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo; \q2 wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm. \q1 \v 5 Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm, \q2 na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho. \q1 \v 6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm; \q2 na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ. \q1 \v 7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa, \q2 na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo; \q2 ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* ye ma obiara; \q2 na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa. \q1 \v 10 \nd Awurade\nd*, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo; \q2 na wʼahotefo bɛma wo so. \q1 \v 11 Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm \q2 na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm, \q1 \v 12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse \q2 ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no. \q1 \v 13 Wʼahenni yɛ daa ahenni, \q2 na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa. \b \q1 \nd Awurade\nd* di ne bɔhyɛ nyinaa so, \q2 na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* wowaw wɔn a wɔhwe ase \q2 na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom. \q1 \v 15 Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, \q2 na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu. \q1 \v 16 Wubue wo nsam, \q2 na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde. \b \q1 \v 17 \nd Awurade\nd* teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu; \q2 na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa. \q1 \v 18 \nd Awurade\nd* bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, \q2 wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. \q1 \v 19 Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn; \q2 otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn. \q1 \v 20 \nd Awurade\nd* hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so, \q2 nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. \b \q1 \v 21 Mʼano bɛkamfo \nd Awurade\nd*. \q2 Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no \q2 daa daa. \c 146 \cl Dwom 146 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q2 Me kra, kamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 \v 2 Mɛkamfo \nd Awurade\nd* me nkwanna nyinaa; \q2 mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn, sɛ mete ase yi. \q1 \v 3 Mommfa mo ho nto mmapɔmma so, \q2 adesamma a wɔrentumi nnye nkwa. \q1 \v 4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsan kɔ dɔte mu, \q2 saa da no ara wɔn nsusuwii nyinaa yɛ ɔkwa. \q1 \v 5 Nhyira ne nea ne boafo ne Yakob Nyankopɔn, \q2 nea nʼanidaso wɔ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn mu. \b \q1 \v 6 Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo, \q2 po ne biribiara a ɛwɔ mu nyinaa \q2 \nd Awurade\nd* a ɔyɛ nokwafo daa no. \q1 \v 7 Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, \q2 na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. \q2 \nd Awurade\nd* gyaa nneduafo, \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* ma anifuraefo hu ade. \q2 \nd Awurade\nd* ma wɔn a wɔakom no so, \q2 \nd Awurade\nd* dɔ atreneefo. \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* hwɛ ahɔho so, \q2 na ɔwowaw ayisaa ne akunafo, \q2 na amumɔyɛfo akwan de, ɔdan ani. \b \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* di hene daa daa, \q2 Ao, Sion, wo Nyankopɔn, wɔ awo ntoatoaso nyinaa so. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 147 \cl Dwom 147 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Eye sɛ wɔto ayeyi nnwom ma yɛn Nyankopɔn, \q1 ɛyɛ fɛ na ɛfata dodo sɛ wɔkamfo no! \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* kyekyere Yerusalem; \q2 Ɔboaboa Israel nnommum ano. \q1 \v 3 Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare, \q2 na ɔkyekyere wɔn akuru. \q1 \v 4 Ɔkyerɛ nsoromma dodow a ɛwɔ hɔ, \q2 na ɔde obiara din frɛ no. \q1 \v 5 Yɛn \nd Awurade\nd* so, na ne tumi yɛ kɛse; \q2 yɛrente nʼase nwie. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* wowaw ahobrɛasefo \q2 na ɔtotow amumɔyɛfo hwehwe fam. \b \q1 \v 7 Monto aseda nnwom mma \nd Awurade\nd*. \q2 Momfa sanku nto dwom mma yɛn Nyankopɔn. \b \q1 \v 8 Ɔde omununkum kata ɔsoro ani; \q2 ɔma asase osu \q2 ma sare nyin wɔ nkoko so. \q1 \v 9 Ɔma anantwi aduan, \q2 na sɛ kwaakwaadabimma su a, ɔma wɔn aduan. \b \q1 \v 10 Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ \q2 na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso. \q1 \v 11 Na mmom, \nd Awurade\nd* ani sɔ nnipa a wosuro no, \q2 wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔe a ɛnsa da no so no. \b \q1 \v 12 Momma \nd Awurade\nd* so, Yerusalem; \q2 kamfo wo Nyankopɔn, Sion, \q1 \v 13 ɔma wʼapon akyi adaban yɛ den, \q2 na ohyira wo nkurɔfo a wɔte wo mu. \q1 \v 14 Ɔma wʼahye so dwo, \q1 na ɔde awi ankasa ma wo. \b \q1 \v 15 Ɔsoma nʼahyɛde kɔ asase so; \q2 nʼasɛm tu mmirika ntɛm so. \q1 \v 16 Ɔtrɛw sukyerɛmma mu sɛ oguan ho nwi, \q2 na ɔpete obosu sukyerɛmma sɛ nsõ. \q1 \v 17 Ɔtotow mparuwbo gu fam sɛ mmosea. \q2 Hena na obetumi agyina nʼawɔw dennen no ano? \q1 \v 18 Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnan no; \q2 ɔhwanyan ne mframa, na nsu sen. \b \q1 \v 19 Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob, \q2 ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel. \q1 \v 20 Ɔnyɛɛ eyi maa ɔman foforo biara ɛ; \q2 wonnim ne mmara. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*! \c 148 \cl Dwom 148 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*! \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd* mfi ɔsorosoro, \q2 monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea. \q1 \v 2 Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no, \q2 ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no. \q1 \v 3 Owia ne ɔsram, monkamfo no, \q2 nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no. \q1 \v 4 Monkamfo no, ɔsoro mu soro \q2 ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi. \b \q1 \v 5 Momma wɔn nyinaa nkamfo \nd Awurade\nd* din, \q2 efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn. \q1 \v 6 Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; \q2 na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da. \b \q1 \v 7 Monkamfo \nd Awurade\nd* mfi asase so, \q2 mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa, \q1 \v 8 anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum, \q2 ahum a moyɛ nʼapɛde, \q1 \v 9 mo mmepɔw ne nkoko nyinaa, \q2 nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa, \q1 \v 10 nwura mu mmoa ne anantwi, \q2 abɔde nketewa ne nnomaa a wotu, \q1 \v 11 asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, \q2 mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa, \q1 \v 12 mmerante ne mmabaa, \q2 mmasiriwa ne mmofra nso. \b \q1 \v 13 Ma wɔnkamfo \nd Awurade\nd* din, \q2 na ne din so sen din biara; \q2 nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so. \q1 \v 14 Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo, \q2 nʼahotewfo nyinaa nkamfo; \q2 Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 149 \cl Dwom 149 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Monto dwom foforo mma \nd Awurade\nd*, \q2 monkamfo no wɔ ahotefo asafo mu. \b \q1 \v 2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu. \q2 Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu. \q1 \v 3 Ma wɔmfa asaw nkamfo ne din \q2 na wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no. \q1 \v 4 Na \nd Awurade\nd* ani sɔ ne nkurɔfo; \q2 ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo. \q1 \v 5 Momma ahotefo nni ahurusi wɔ anuonyam yi mu; \q2 na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔ wɔn mpa so. \b \q1 \v 6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom, \q2 na ɛnyɛ afoa anofanu wɔ wɔn nsam, \q1 \v 7 sɛ wɔmfa ntɔ were wɔ amanaman no so \q2 ne asotwe wɔ nnipa no so, \q1 \v 8 sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, \q2 ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw, \q1 \v 9 sɛ wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no. \q2 Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \c 150 \cl Dwom 150 \q1 \v 1 Monkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd* wɔ ne kronkronbea; \q2 monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu. \q1 \v 2 Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho; \q2 monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho. \q1 \v 3 Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no, \q2 momfa asanku ne bɛnta nkamfo no, \q1 \v 4 momfa akasaa ne asaw nkamfo no, \q2 momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no, \q1 \v 5 momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no, \q2 momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no. \b \q1 \v 6 Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo \nd Awurade\nd*. \b \q1 Monkamfo \nd Awurade\nd*.