\id PRO - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Mmebusɛm \toc1 Mmebusɛm \toc2 Mmebusɛm \toc3 Mmb \mt1 Mmebusɛm \c 1 \s1 Botae Ne Nsɛmpɔw \p \v 1 Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni: \q1 \v 2 Ne botae ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso; \q2 ne sɛ ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu dɔ ase; \q1 \v 3 sɛ wobenya akwankyerɛ wɔ abrabɔ pa mu, \q2 a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm; \q1 \v 4 sɛ ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa \q2 na mmabun anya nimdeɛ ne adwene, \q1 \v 5 anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho, \q2 na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a \q1 \v 6 ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu, \q2 anyansafo nsɛnka ne abisaa ase. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* suro yɛ nimdeɛ mfiase, \q2 na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa. \ms1 Nyansapɛ Ho Afotusɛm \s1 Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ \q1 \v 8 Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ \q2 na mpo wo na nkyerɛkyerɛ. \q1 \v 9 Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri \q2 ne wo kɔn mu atweaban. \b \q1 \v 10 Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo twetwe wo a, \q2 mma wɔn ho kwan. \q1 \v 11 Sɛ wɔka se, “Bra ma yɛnkɔ; \q2 ma yɛnkɔtetɛw na yenkum obi, \q2 ma yɛnkɔtɛw ntwɛn mmɔborɔni bi; \q1 \v 12 ma yɛmmemene wɔn anikann sɛ ɔda, \q2 koraa, te sɛ wɔn a wɔkɔ ɔda mu; \q1 \v 13 yebenya nneɛma a ɛsom bo ahorow \q2 na yɛde asade ahyɛ yɛn afi ma; \q1 \v 14 fa wo ho bɛhyɛ mu, \q2 na wubenya wo kyɛfa wɔ ahonyade no mu.” \q1 \v 15 Me ba, wo ne wɔn nnantew, \q2 mfa wo nan nsi wɔn akwan so; \q1 \v 16 Wɔn anan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu, \q2 na wɔde ahoɔhare ka mogya gu. \q1 \v 17 So nni mfaso sɛ obi besum nnomaafiri \q2 wɔ beae a anomaa biara hu! \q1 \v 18 Saa nnipa yi tetɛw pɛ wɔn ankasa mogya; \q2 wɔtetɛw wɔn ankasa wɔn ho! \q1 \v 19 Saa na wɔn a wodi akorɔnne akyi no awiei te; \q2 ɛma wɔhwere wɔn nkwa! \s1 Nyansa A Wɔpo Ho Kɔkɔbɔ \q1 \v 20 Nyansa teɛ mu wɔ mmɔnten so, \q2 ɔma ne nne so wɔ aguabɔbea, \q1 \v 21 ɔteɛ mu wɔ afasu no atifi, \q2 ɔkasa wɔ kuropɔn no apon ano se, \b \q1 \v 22 “Mo adwenharefo, mobɛyɛ adwenhare akosi da bɛn? \q2 Fɛwdifo bedi fɛw akosi da bɛn? \q2 Nkwaseafo bekyi nimdeɛ akosi da bɛn? \q1 \v 23 Sɛ mutiee mʼanimka a, \q2 anka mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo \q2 ma muhuu me nsusuwii. \q1 \v 24 Nanso sɛ muyii mo aso, bere a mefrɛɛ mo \q2 na amfa obiara ho, bere a meteɛɛ me nsa mu, \q1 \v 25 sɛ mopoo mʼafotu, \q2 na moampɛ mʼanimka nti, \q1 \v 26 me nso mɛserew mo wɔ mo amanehunu mu; \q2 sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, midi mo ho fɛw, \q1 \v 27 sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum, \q2 na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ mfɛtɛ, \q2 na awerɛhow ne ɔhaw mene mo a, \b \q1 \v 28 “Afei wɔbɛfrɛ me, nanso meremmua; \q2 wɔbɛhwehwɛ me, nanso wɔrenhu me. \q1 \v 29 Esiane sɛ wokyii nimdeɛ \q2 na wɔampɛ sɛ wobesuro \nd Awurade\nd*, \q1 \v 30 sɛ wɔpoo mʼafotu, \q1 na wobuu me nteɛso animtiaa nti, \q1 \v 31 wobedi wɔn akwan so aba; \q2 na wɔn nhyehyɛe mu aduan bɛmee wɔn. \q1 \v 32 Na ntetekwaafo asoɔden bekum wɔn, \q2 na nkwaseafo tirimudɛ bɛsɛe wɔn; \q1 \v 33 Nanso obiara a obetie me no, ɔbɛtena ase asomdwoe mu \q1 na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.” \c 2 \s1 Nyansa So Mfaso Wɔ Abrabɔ Mu \q1 \v 1 Me ba, sɛ wutie me nsɛm, \q2 na woma me mmaransɛm tena wo mu a, \q1 \v 2 sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa \q2 na wode wo koma ma ntease, \q1 \v 3 na woma wo nne so frɛ nhumu \q2 na wusu frɛ ntease, \q1 \v 4 na sɛ wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ \q2 na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a, \q1 \v 5 ɛno na wobɛte \nd Awurade\nd* suro ase \q2 na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* ma nimdeɛ, \q2 na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba. \q1 \v 7 Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ, \q2 ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ, \q1 \v 8 ɔwɛn nea ɔyɛ pɛ kwan, \q2 na ɔbɔ wɔn a wodi no nokware no akwan ho ban. \b \q1 \v 9 Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ pɛ, \q2 ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase. \q1 \v 10 Afei nyansa bewura wo koma mu, \q2 na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra. \q1 \v 11 Adwene bɛbɔ wo ho ban \q2 na ntease ahwɛ wo so. \b \q1 \v 12 Nyansa beyi wo afi amumɔyɛfo akwan mu, \q2 ebeyi wo afi nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam, \q1 \v 13 wɔn a wɔaman afi akwan pa so \q2 akɔnantew sum akwan so no, \q1 \v 14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, \q2 na wodi ahurusi wɔ bɔne mu basabasayɛ ho, \q1 \v 15 wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye \q2 na wɔyɛ abonsam wɔ wɔn akwan mu. \b \q1 \v 16 Nimdeɛ begye wo afi ɔbea waresɛefo no nsam, \q2 afi ɔbea warefo huhuni a ɔka nnaadaasɛm ho, \q1 \v 17 nea wagyaa ne mmabaabere mu kunu \q2 na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no. \q1 \v 18 Ne fi yɛ ɔkwan a ɛkɔ owu mu \q2 na nʼakwan kɔ awufo honhom nkyɛn. \q1 \v 19 Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsan mma \q2 anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so. \b \q1 \v 20 Enti wubedi nnipa pa anammɔn akyi \q2 na woanantew atreneefo akwan so. \q1 \v 21 Efisɛ wɔn a wɔteɛ bɛtena asase no so, \q2 na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ; \q1 \v 22 na wobetwa amumɔyɛfo afi asase no so, \q1 na wɔatɔre atorofo ase. \c 3 \s1 Nyansa De Yiyedi Ba \q1 \v 1 Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ, \q2 kora me mmara wɔ wo koma mu, \q1 \v 2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree \q2 na ɛde yiyedi abrɛ wo. \b \q1 \v 3 Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn \q2 fa yan wo kɔn mu \q2 kyerɛw gu wo koma pon so. \q1 \v 4 Na wubenya adom ne din pa \q2 wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim. \b \q1 \v 5 Fa wo koma nyinaa to \nd Awurade\nd* so, \q2 na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so; \q1 \v 6 hu no wʼakwan nyinaa mu, \q2 na ɔbɛteɛ wʼakwan. \b \q1 \v 7 Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo; \q2 suro \nd Awurade\nd* na kyi bɔne. \q1 \v 8 Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo nipadua, \q2 na ayɛ aduan ama wo nnompe. \b \q1 \v 9 Fa wʼahonya hyɛ \nd Awurade\nd* anuonyam, \q2 ne wo nnɔbae a edi kan nyinaa; \q1 \v 10 na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so, \q2 na nsa foforo abu afa wʼahina so. \q1 \v 11 Me ba, sɛ \nd Awurade\nd* teɛ wo so a, tie no yiye, \q2 na mmu nʼanimka so, \q1 \v 12 Efisɛ, obiara a \nd Awurade\nd* pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, \q2 sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no. \b \q1 \v 13 Nhyira nka onipa a ohu nyansa, \q2 onipa a onya ntease, \q1 \v 14 efisɛ, nimdeɛ so mfaso sen dwetɛ, \q2 na nea efi mu ba sen sikakɔkɔɔ. \q1 \v 15 Ne bo yɛ den sen bota; \q2 na worentumi mfa wʼapɛde biara ntoto no ho. \q1 \v 16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu; \q2 ahonyade ne anuonyam wɔ ne nsa benkum mu. \q1 \v 17 Nʼakwan yɛ ahomeka, \q2 na nʼanammɔnkwan nyinaa yɛ asomdwoe. \q1 \v 18 Ɔyɛ nkwadua ma wɔn a woso ne mu; \q2 wɔn a wokura no mu no benya nhyira. \b \q1 \v 19 Nyansa mu na \nd Awurade\nd* yɛɛ asase fapem, \q2 na ntease mu na ɔde ɔsoro tim hɔ. \q1 \v 20 Efi ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebun mu, \q2 na omununkum nso tɔɔ obosu. \b \q1 \v 21 Me ba, fa atemmu pa ne nhumu sie, \q2 na mma emfi wʼani so; \q1 \v 22 ɛbɛyɛ nkwa ama wo, \q2 nnwinne a ɛma wo kɔn anuonyam wie pɛyɛ. \q1 \v 23 Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo, \q2 na wo nan renhintiw; \q1 \v 24 sɛ woda a worensuro; \q2 sɛ woda a wʼani bekum. \q1 \v 25 Nsuro mpofirim amanehunu \q2 anaa ɔsɛe a ɛba amumɔyɛfo so, \q1 \v 26 efisɛ \nd Awurade\nd* bɛwɔ wʼafa \q2 na ɔbɛkora wo nan afi afiri mu. \b \q1 \v 27 Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata, \q2 bere a tumi wɔ wo nsam. \q1 \v 28 Nka nkyerɛ wo yɔnko se: \q2 “Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena” \q2 wɔ bere a wowɔ no saa bere no. \q1 \v 29 Mpam ɔhaw mma wo yɔnko \q2 bere a ɔne wo te yiye. \q1 \v 30 Mmɔ obi sobo kwa \q2 bere a ɔnyɛɛ wo bɔne biara ɛ. \b \q1 \v 31 Mma wʼani mmere basabasayɛfo, \q2 na mfa nʼakwan no mu biara, \q1 \v 32 efisɛ \nd Awurade\nd* kyi basabasayɛfo \q2 na ɔde ne werɛ hyɛ ɔtreneeni mu. \b \q1 \v 33 \nd Awurade\nd* nnome wɔ omumɔyɛfo fi so, \q2 na ohyira ɔtreneeni fi. \q1 \v 34 Odi fɛwdifo a wɔyɛ ahantan no ho fɛw, \q2 na ɔdom ahobrɛasefo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no. \q1 \v 35 Anyansafo benya anuonyam adi, \q1 nanso nkwaseafo de, ɔma wɔn anim gu ase. \c 4 \s1 Pere Hwehwɛ Nyansa \q1 \v 1 Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ; \q2 monyɛ aso na moanya ntease. \q1 \v 2 Mema mo adesua a ɛkɔ anim, \q2 enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu. \q1 \v 3 Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima, \q2 meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho. \q1 \v 4 Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se, \q2 “Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm, \q2 di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa. \q1 \v 5 Nya nyansa, nya ntease; \q2 mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho. \q1 \v 6 Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; \q2 dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so. \q1 \v 7 Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. \q2 Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease. \q1 \v 8 Di no ni na ɛbɛma wo so; \q2 yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam. \q1 \v 9 Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti so \q2 na wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.” \q1 \v 10 Me ba, tie na fa nea meka no, \q2 na wo nkwanna bɛyɛ bebree. \q1 \v 11 Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so \q2 na mede wo afa akwan a ɛteɛ so. \q1 \v 12 Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waa \q2 na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw. \q1 \v 13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu, \q2 bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa. \q1 \v 14 Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so \q2 na nnantew abɔnefo kwan so. \q1 \v 15 Kwati no, ntu kwan mfa so; \q2 dan fi so na kɔ wo kwan. \q1 \v 16 Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna; \q2 na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase. \q1 \v 17 Wodi amumɔyɛsɛm brodo, \q2 na wɔnom kitikitiyɛ nsa. \b \q1 \v 18 Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan, \q2 ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee. \q1 \v 19 Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii; \q2 wonnim nea ɛma wohintiw. \b \q1 \v 20 Me ba, yɛ aso ma nea meka; \q2 tie me nsɛm no yiye. \q1 \v 21 Mma emfi wʼani so, \q2 fa sie wo koma mu; \q1 \v 22 efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu \q2 ne akwahosan ma nipadua no nyinaa. \q1 \v 23 Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban, \q2 efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti. \q1 \v 24 Mma oburu kasa mfi wʼano; \q2 mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa. \q1 \v 25 Hwɛ wʼanim tee, \q2 na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so. \q1 \v 26 Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan \q2 na fa akwan a atim so. \q1 \v 27 Mman mfa nifa anaa benkum; \q2 twe wo nan fi bɔne ho. \c 5 \s1 Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ \q1 \v 1 Me ba, yɛ aso ma me nyansa; \q2 tie me nhumu nsɛm no yiye, \q1 \v 2 sɛnea ɛbɛma woahwɛ yiye, \q2 na wʼano akora nimdeɛ. \q1 \v 3 Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo, \q2 na ne kasa yɛ fɔmm sen ngo; \q1 \v 4 nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma, \q2 ɛyɛ nam sɛ afoa anofanu. \q1 \v 5 Nʼanan kɔ owu mu; \q2 nʼanammɔntutu kɔ ɔda mu tee. \q1 \v 6 Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho; \q2 nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso onnim. \b \q1 \v 7 Enti afei, me mma, muntie me; \q2 Monntwe mo ho mmfi nea meka ho. \q1 \v 8 Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so; \q2 mommmɛn ne fi pon ano, \q1 \v 9 anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo \q2 na mode mo mfe ama otirimɔdenfo, \q1 \v 10 anyɛ saa a, ahɔho bɛfom mo ahonyade \q2 na mo brɛ de ahonya akɔ afoforo fi. \q1 \v 11 Mo nkwanna akyi, mubesi apini, \q2 bere a mo honam ne mo nipadua asa no. \q1 \v 12 Na moaka se, “Na mikyi ahohyɛso! \q2 Me koma ampɛ nteɛso! \q1 \v 13 Manyɛ osetie amma mʼakyerɛkyerɛfo \q2 na mantie me kwankyerɛfo asɛm. \q1 \v 14 Madu ɔsɛe ano \q2 wɔ asafo no nyinaa mu.” \b \q1 \v 15 Nom nsu fi wʼankasa ahina mu, \q2 nsu a ɛteɛ fi wʼankasa abura mu. \q1 \v 16 So ɛsɛ sɛ wʼasuti yiri fa mmɔnten so \q2 na wo nsuwa kokɔ ɔman aguabɔbea ana? \q1 \v 17 Ma ɛnyɛ wo nko ara de, \q2 a wo ne ahɔho nkyɛ da. \q1 \v 18 Nhyira nka wʼasubura \q2 na wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho. \q1 \v 19 Ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo; \q2 ma ne nufu nsɔ wʼani daa \q2 na ne dɔ nkyekyere wo. \q1 \v 20 Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo? \q2 Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom? \b \q1 \v 21 \nd Awurade\nd* hu onipa akwan nyinaa, \q2 na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu. \q1 \v 22 Omumɔyɛfo nnebɔne sum no afiri; \q2 na ne bɔne ahama kyekyere no papee. \q1 \v 23 Wobewu, esiane ahohyɛso a wonni nti, \q2 na wɔayera, esiane wɔn agyennyentwisɛm nti. \c 6 \s1 Agyimisɛm Ho Kɔkɔbɔ \q1 \v 1 Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi, \q2 sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi, \q1 \v 2 sɛ nea wokae ayi ka ama wo \q2 na sɛ wʼano asɛm afiri ayi wo a, \q1 \v 3 ɛno de yɛ eyi, me ba, na fa tetew wo ho, \q2 sɛ ɔyɔnko nsa aka wo no nti: \q1 fa ahobrɛase kɔ nʼanim; \q2 na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw! \q1 \v 4 Mma wʼani nkum \q2 na ntɔ nko. \q1 \v 5 Gye wo ho, sɛnea ɔforote guan fi ɔbɔmmɔfo nsam \q2 anaa sɛnea anomaa guan fi ofirisumfo afiri mu no. \b \q1 \v 6 Ɔkwadwofo, kɔ ɔtɛtea nkyɛn; \q2 hwɛ nʼakwan, na hu nyansa! \q1 \v 7 Onni ɔsahene, \q2 onni ɔhwɛfo anaa sodifo bi, \q1 \v 8 nanso ɔde aduan sie wɔ ahuhurubere mu, \q2 ɔboaboa nnuan ano wɔ twabere. \b \q1 \v 9 Wo, ɔkwadwofo, wobɛda akosi da bɛn? \q2 Wubenyan bere bɛn? \q1 \v 10 Nna kakra, nkotɔ kakra, \q2 nsa a woabobɔw de rehome kakra, \q1 \v 11 ɛbɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo \q2 na ahokyere atow akyere wo sɛnea okura otuo. \b \q1 \v 12 Onipa teta ne ohuhuni a \q2 odi atoro kyin, \q1 \v 13 nea obu nʼani, \q2 na ɔde ne nan yɛ nsɛnkyerɛnne \q2 na ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ ade, \q1 \v 14 nea ɔde ne koma mu nnaadaa bɔ pɔw bɔne, \q2 na ɔde mpaapaemu ba bere biara. \q1 \v 15 Ɛno nti amanehunu bɛba no so prɛko pɛ; \q2 wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduru. \b \li1 \v 16 Nneɛma asia na \nd Awurade\nd* mpɛ, \li2 nneɛma ason na ɛyɛ nʼakyiwade: \li3 \v 17 ani a ɛtra ntɔn, \li3 atoro tɛkrɛma, \li3 nsa a ɛka mogya a edi bem gu, \li3 \v 18 koma a edwen amumɔyɛ ho, \li3 anan a etutu mmirika kɔyɛ bɔne, \li3 \v 19 ɔdansekurumni a odi atoro \li3 ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu. \s1 Aguamammɔ Ho Kɔkɔbɔ \q1 \v 20 Me ba, tie wʼagya ahyɛde \q2 na nnyaa wo na nkyerɛkyerɛ mu. \q1 \v 21 Fa kyekyere wo koma ho daa; \q2 na fa kyekyere wɔ kɔn mu. \q1 \v 22 Wonantew a, ɛbɛkyerɛ wo kwan; \q2 sɛ woda a, ɛbɛwɛn wo; \q2 sɛ wunyan a, ɛbɛkasa akyerɛ wo. \q1 \v 23 Na saa ahyɛde yi yɛ kanea \q2 saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann, \q1 na ahohyɛso nteɛso yi \q2 yɛ nkwa kwan, \q1 \v 24 ɛtwe wo fi ɔbea a onni suban pa no ho, \q2 fi ɔbeawarefo huhuni tɛkrɛmadɛ ho. \b \q1 \v 25 Mma wo kɔn nnɔ nʼahoɔfɛ, \q2 mma nʼani akyideda no ntwetwe wo, \b \q1 \v 26 efisɛ oguamanfo ma wʼanuonyam yɛ sɛ brodosin, \q2 na obi yere gyigye wo kɔ owu mu. \q1 \v 27 Obi betumi asɔ gya agu ne srɛ so a \q2 nhyew nʼatade ana? \q1 \v 28 Obi betumi anantew nnyansramma so a \q2 mpumpunnya mmobɔ nʼanan ho ana? \q1 \v 29 Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere da no te; \q2 obiara a ɔde ne nsa bɛka no no, remfa ne ho nni da. \b \q1 \v 30 Nnipa mmu ɔkorɔmfo a wakowia ade animtiaa \q2 sɛ ɔkɔm de no na ɔde rekodwudwo ano nti. \q1 \v 31 Mmom, sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ otua mmɔho ason; \q2 sɛ ɛbɛma wahwere ne fi agyapade nyinaa mpo a. \q1 \v 32 Ɔbarima a ɔsɛe aware no nni adwene; \q2 obiara a ɔyɛ saa no sɛe ne ho. \q1 \v 33 Ɔhwe ne animguase na obenya, \q2 na nʼahohora rempepa da. \b \q1 \v 34 Ninkutwe hwanyan okunu abufuw \q2 na sɛ ɔtɔ were a, ahummɔbɔ biara nni mu. \q1 \v 35 Ɔrennye mpata biara; \q2 na ɔbɛpo adanmude, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a. \c 7 \s1 Ɔbeawaresɛefo Ho Kɔkɔbɔ \q1 \v 1 Me ba, fa me nsɛm sie \q2 na kora mʼahyɛde wɔ wo mu. \q1 \v 2 Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa; \q2 bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no. \q1 \v 3 Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; \q2 kyerɛw no yiye gu wo koma pon so. \q1 \v 4 Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” \q2 na frɛ ntease wo busuani; \q1 \v 5 Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho, \q2 afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho. \b \q1 \v 6 Me fi mfɛnsere ano, \q2 mede mʼani faa mfɛnsere mu. \q1 \v 7 Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, \q2 mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, \q2 ɔbabun a onni adwene. \q1 \v 8 Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so \q2 a nʼani kyerɛ ɔbea no fi \q1 \v 9 bere a onwini redwo, \q2 na anim rebiribiri no. \b \q1 \v 10 Afei ɔbea bi fi behyiaa no a \q2 wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu. \q1 \v 11 (Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, \q2 ɔntena fie koraa; \q1 \v 12 nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, \q2 ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.) \q1 \v 13 Osoo ne mu few nʼano, \q2 wamfɛre, na ɔkae se, \b \q1 \v 14 “Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie; \q2 nnɛ madi me bɔhyɛ so. \q1 \v 15 Enti mebae sɛ merebehyia wo; \q2 mehwehwɛɛ wo na mahu wo! \q1 \v 16 Mato me mpa, \q2 mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim. \q1 \v 17 Mede nnuhuam apete me mpa so: \q2 kurobow, pɛprɛ ne dupapo. \q1 \v 18 Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa; \q1 \v 19 Me kunu nni fie; \q2 watu kwan na ɔbɛkyɛ. \q1 \v 20 Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma \q2 na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.” \b \q1 \v 21 Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa; \q2 ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae. \q1 \v 22 Odii nʼakyi prɛko pɛ \q2 te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii, \q1 anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu \q2 \v 23 kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu, \q1 te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu \q2 na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa. \b \q1 \v 24 Na afei, me mma, muntie me; \q2 monyɛ aso mma nea meka. \q1 \v 25 Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so \q2 na momman mmfa nʼakwan so. \q1 \v 26 Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase; \q2 wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara. \q1 \v 27 Ne fi yɛ ɔda tempɔn a \q2 ɛkɔ owu pia mu. \c 8 \s1 Nyansa Frɛ \q1 \v 1 Tie: Nyansa refrɛ. \q2 Ntease ma ne nne so. \q1 \v 2 Ɔkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ, \q2 nkwantanan no so, ɛhɔ na egyina, \q1 \v 3 apon a ɛkɔ kuropɔn no mu no ho, \q2 ɛteɛ mu wɔ abobow ano hɔ se, \q1 \v 4 “Ao, mo nnipa na meteɛ mu refrɛ; \q2 meteɛ mu frɛ adesamma nyinaa. \q1 \v 5 Mo a moyɛ ntetekwaa, momma mo ani ntew; \q2 mo a moyɛ nkwaseafo, munnya ntease. \q1 \v 6 Muntie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo; \q2 mibue mʼano ka nea eye. \q1 \v 7 Mʼano ka nea ɛyɛ nokware, \q2 efisɛ mʼanofafa kyi amumɔyɛsɛm. \q1 \v 8 Mʼanom nsɛm nyinaa yɛ pɛ; \q2 biara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm. \q1 \v 9 Ne nyinaa mu da hɔ ma nea ɔwɔ nhumu; \q2 ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ. \q1 \v 10 Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ, \q2 momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ ankasa. \q1 \v 11 Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota, \q2 na worentumi mfa nea wopɛ biara ntoto no ho. \b \q1 \v 12 “Me, nyansa, mene anitew na ɛte; \q2 nimdeɛ ne nhumu wɔ me. \q1 \v 13 Sɛ wosuro \nd Awurade\nd* ɛne sɛ wokyi bɔne; \q2 mikyi ahantan ne ahomaso, \q2 ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm. \q1 \v 14 Afotu ne atemmu pa wɔ me; \q2 mewɔ ntease ne tumi. \q1 \v 15 Me so na ahemfo nam di ade \q2 na sodifo nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ; \q1 \v 16 Mmapɔmma de me bu ɔman \q2 ne atitiriw nyinaa a wodi asase so hene. \q1 \v 17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me, \q2 na wɔn a wɔhwehwɛ me no hu me. \q1 \v 18 Ahonyade ne anuonyam wɔ me nkyɛn, \q2 ahode a ɛkyɛ ne yiyedi nso saa ara. \q1 \v 19 Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa; \q2 nea efi me mu boro dwetɛ a wɔasɔn so so. \q1 \v 20 Trenee akwan so na menam, \q2 atɛntrenee akwan so, \q1 \v 21 mede ahode ma wɔn a wɔdɔ me \q2 na mehyɛ wɔn adekoradan amaama. \b \q1 \v 22 “\nd Awurade\nd* bɔɔ me sɛ nʼabɔde mu abakan \q2 dii ne tete nneyɛe anim; \q1 \v 23 oyii me sii hɔ fi tete, \q2 ansa na wiase refi ase. \q1 \v 24 Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ po kakraka no, \q2 ansa na wɔreyɛ nsuti a nsu ahyɛ no ma no, \q1 \v 25 ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ; \q2 wɔwoo me ansa na nkoko reba, \q1 \v 26 ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuw \q2 anaa dɔte biara a ɛwɔ asase so. \q1 \v 27 Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ ɔsoro, \q2 bere a otwaa ɔhye too ebun no ani no, \q1 \v 28 bere a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro \q2 na ɔde ebun mu nsuti tintim hɔ dennen no; \q1 \v 29 bere a otwaa ɔhye maa po \q2 sɛnea nsu no rentra ne hye, \q1 ne bere a otwaa asase fapem no, \q2 \v 30 na meyɛ odwumfo a mete ne nkyɛn. \q1 Anigye hyɛɛ me ma daa \q2 na midii ahurusi wɔ nʼanim bere biara, \q1 \v 31 na mʼani gye wɔ ne wiase nyinaa mu \q2 na mʼani ka wɔ adesamma mu. \b \q1 \v 32 “Enti me mma, muntie me; \q2 nhyira ne wɔn a wɔnantew mʼakwan so. \q1 \v 33 Muntie mʼakwankyerɛ na munhu nyansa; \q2 mummmu mo ani ngu so. \q1 \v 34 Nhyira ne onipa a otie me, \q2 ɔwɛn mʼabobow ano daa, \q2 na ɔtwɛn wɔ hɔ. \q1 \v 35 Na obiara a ohu me no nya nkwa, \q2 na onya anisɔ fi \nd Awurade\nd* nkyɛn. \q1 \v 36 Na nea wanhwehwɛ me no haw ne ho \q2 na wɔn a wɔtan me no dɔ owu.” \c 9 \s1 Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ \q1 \v 1 Nyansa asi ne fi; \q2 wasisi nʼafadum ason. \q1 \v 2 Wasiesie ne nam de afra ne nsa, \q2 wato ne pon. \q1 \v 3 Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ \q2 fi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ se, \q2 \v 4 “Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha!” \q1 Ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se, \q2 \v 5 “Mommra mmedi mʼaduan \q2 na monnom nsa a mafra no. \q1 \v 6 Munnyaw mo ntetekwaasɛm no na mubenya nkwa; \q2 monnantew ntease akwan so.” \b \q1 \v 7 Nea ɔteɛteɛ ɔfɛwdifo no frɛ ahohorabɔ; \q2 na nea ɔka amumɔyɛfo anim no nya ɔyaw. \q1 \v 8 Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo; \q2 ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo. \q1 \v 9 Ma onyansafo akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahu nyansa; \q2 kyerɛkyerɛ ɔtreneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho. \b \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* suro yɛ nyansa mfiase \q2 Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ ntease. \q1 \v 11 Me mu na wo nna bɛdɔɔso, \q2 na wɔde mfe bɛka wo nkwa ho. \q1 \v 12 Sɛ woyɛ onyansafo a, wubenya wo nyansa so mfaso; \q2 sɛ woyɛ ɔfɛwdifo a, wo nko ara na wubehu amane. \b \q1 \v 13 Ɔbea ɔkwasea yɛ ɔkasafo; \q2 onni ahohyɛso na onni nimdeɛ. \q1 \v 14 Ɔte ne fi pon ano, \q2 na ɔte akongua a esi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea, \q1 \v 15 na ɔfrɛfrɛ wɔn a wotwa mu wɔ hɔ, \q2 wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee se, \q2 \v 16 “Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha” \q1 ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se, \q2 \v 17 “Nsu a wowia no yɛ fremfrem \q2 na aduan a wodi no ahintawee no yɛ dɛ!” \q1 \v 18 Nanso wonnim koraa sɛ awufo wɔ hɔ \q2 sɛ nʼahɔho wɔ ɔda no ase tɔnn. \c 10 \s1 Salomo Mmebusɛm \p \v 1 Salomo mmebusɛm: \q1 Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye, \q2 na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow. \b \q1 \v 2 Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo, \q2 nanso trenee gye onipa fi owu mu. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* remma ɔkɔm nne ɔtreneeni \q2 na omumɔyɛfo de, ɔka nʼadepa gu. \b \q1 \v 4 Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, \q2 nanso nsiyɛfo nsa de ahonya ba. \b \q1 \v 5 Nea ɔboaboa nnɔbae ano wɔ ahuhurubere no yɛ ɔba nyansafo \q2 na nea ɔda wɔ twabere mu no yɛ ɔba nimguaseni. \b \q1 \v 6 Atreneefo hyɛ nhyira kyɛw \q2 na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma. \b \q1 \v 7 Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, \q2 na omumɔyɛfo din bɛporɔw. \b \q1 \v 8 Koma mu nyansafo tie ɔhyɛ nsɛm, \q2 na ɔkwasea kasafo hwe ase. \b \q1 \v 9 Ɔnokwafo nantew dwoodwoo, \q2 na nea ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi. \b \q1 \v 10 Nea ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba, \q2 na ɔkwasea kasafo hwe ase. \b \q1 \v 11 Ɔtreneeni anom yɛ nkwa asuti, \q2 na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma. \b \q1 \v 12 Ɔtan kanyan mpaapaemu, \q2 nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so. \b \q1 \v 13 Wohu nyansa wɔ nhumufo anom, \q2 na abaa fata nea onni adwene akyi. \b \q1 \v 14 Anyansafo kora nimdeɛ, \q2 nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe. \b \q1 \v 15 Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, \q2 nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe. \b \q1 \v 16 Atreneefo akatua de nkwa brɛ wɔn, \q2 na nea amumɔyɛfo nya no de asotwe brɛ wɔn. \b \q1 \v 17 Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan, \q2 na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan. \b \q1 \v 18 Nea ɔkata nitan so no yɛ ɔtorofo, \q2 na nea odi nseku no yɛ ɔkwasea. \b \q1 \v 19 Mfomso mpa ɔkasa bebree mu, \q2 na nea ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafo. \b \q1 \v 20 Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ ankasa \q2 nanso omumɔyɛfo koma nni bo. \b \q1 \v 21 Atreneefo ano ma bebree aduan, \q2 na atemmu a nkwaseafo nni nti wowuwu. \b \q1 \v 22 \nd Awurade\nd* nhyira de ahonya ba, \q2 na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho. \b \q1 \v 23 Bɔneyɛ yɛ anigyede ma ɔkwasea, \q2 nanso nea ɔwɔ nimdeɛ anigye wɔ nyansa mu. \b \q1 \v 24 Nea amumɔyɛfo suro no bɛba wɔn so; \q2 na nea atreneefo pɛ no, wɔde bɛma wɔn. \b \q1 \v 25 Sɛ ahum no betwa mu a, amumɔyɛfo yera, \q2 nanso atreneefo gyina hɔ pintinn afebɔɔ. \b \q1 \v 26 Sɛnea nsa keka ɛse, na wusiw kɔ aniwa no, \q2 saa ara na ɔkwadwofo yɛ ma wɔn a wɔsoma no. \b \q1 \v 27 \nd Awurade\nd* suro ma nkwa tenten, \q2 nanso wotwa amumɔyɛfo nkwa so. \b \q1 \v 28 Atreneefo anidaso de ahotɔ ba, \q2 nanso amumɔyɛfo anidaso nkosi hwee. \b \q1 \v 29 \nd Awurade\nd* kwan yɛ guankɔbea ma ɔtreneeni, \q2 nanso ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn a wɔyɛ bɔne. \b \q1 \v 30 Wɔrentɔre atreneefo ase da, \q2 nanso amumɔyɛfo renka asase no so. \b \q1 \v 31 Nyansa fi ɔtreneeni anom ba \q2 nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no, wobetwa akyene. \b \q1 \v 32 Ɔtreneeni ano nim ade a ɛfata \q2 na omumɔyɛfo ano nim nea ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara. \b \c 11 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* kyi asisi nsania, \q2 na nʼani gye nokware nkaribo ho. \b \q1 \v 2 Ahantan ba a, animguase na edi so, \q2 nanso ahobrɛase de nyansa ba. \b \q1 \v 3 Teefo nokwaredi kyerɛ wɔn kwan; \q2 nanso nkontompofo ano ntanta sɛe wɔn. \b \q1 \v 4 Ahonya nka hwee wɔ abufuwhyew da no, \q2 nanso trenee gye nkwa fi owu mu. \b \q1 \v 5 Wɔn a wonni bɔne no trenee bɔ kwan tee ma wɔn, \q2 nanso amumɔyɛfo amumɔyɛsɛm brɛ wɔn ase. \b \q1 \v 6 Pɛyɛfo treneeyɛ gye wɔn, \q2 nanso akɔnnɔ bɔne afiri yi nkontompofo. \b \q1 \v 7 Sɛ omumɔyɛfo wu a, nʼanidaso yera; \q2 nea osusuw sɛ obenya afi ne tumi mu nyinaa no yɛ ɔkwa. \b \q1 \v 8 Wogye ɔtreneeni fi amane mu, \q2 na ɛba omumɔyɛfo so mmom. \b \q1 \v 9 Nea onsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, \q2 nanso ɔtreneeni nam nimdeɛ so fi mu. \b \q1 \v 10 Sɛ atreneefo di yiye a, kuropɔn no di ahurusi; \q2 nanso amumɔyɛfo wu a, wɔbɔ ose. \b \q1 \v 11 Pɛyɛfo nhyira ma kuropɔn no kɔ so, \q2 nanso amumɔyɛfo ano ma ɛbɔ. \b \q1 \v 12 Onipa a onni adwene no bu ne yɔnko animtiaa, \q2 nanso nea ɔwɔ nhumu no to ne tɛkrɛma nnareka. \b \q1 \v 13 Nsekudi sɛe ahotoso, \q2 nanso nea wɔwɔ ne mu ahotoso no kora ahintasɛm. \b \q1 \v 14 Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ, \q2 nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba. \q1 \v 15 Nea odi akagyinamu ma ɔfoforo no behu amane, \q2 na nea ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasi ase no aso mu dwo no. \b \q1 \v 16 Ɔbea a ne yam ye no, wɔde obu ma no, \q2 nanso mmarima atirimɔdenfo nya ahode nkutoo. \b \q1 \v 17 Ɔyamyefo ye ma ne ho, \q2 na otirimɔdenfo de ɔhaw ba nʼankasa so. \b \q1 \v 18 Omumɔyɛfo nya akatua a ennyina, \q2 nanso nea ogu trenee aba no twa aba a edi mu. \b \q1 \v 19 Nea ɔyɛ nokware treneeni no nya nkwa, \q2 nanso nea ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owu mu. \b \q1 \v 20 \nd Awurade\nd* kyi nnipa a wɔn koma akyea, \q2 na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm no ho. \b \q1 \v 21 Gye to mu sɛ, amumɔyɛfo benya wɔn akatua, \q2 na atreneefo benya wɔn ti adidi mu. \b \q1 \v 22 Ɔbea hoɔfɛfo a ontumi nsi gyinae no \q2 te sɛ sika kaa a ɛhyɛ prako hwene mu. \b \q1 \v 23 Atreneefo apɛde wie yiye, \q2 nanso amumɔyɛfo anidaso wie abufuwhyew. \b \q1 \v 24 Obi yɛ adɔe, na onya ne ho bebree; \q2 obi nso yɛ pɛpɛe, nanso ehia no. \b \q1 \v 25 Ɔyamyefo bɛkɔ so anya ne ho; \q2 na nea ɔma ebinom mee no nso bɛmee. \b \q1 \v 26 Nnipa dome nea ɔde atoko sie, \q2 na nhyira ba nea ɔtɔn ne de so. \b \q1 \v 27 Nea ɔhwehwɛ papa akyi kwan no nya anisɔ, \q2 na nea ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so. \b \q1 \v 28 Nea ɔde ne ho to nʼahonyade so no bɛhwe ase, \q2 na ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono. \b \q1 \v 29 Nea ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bedi mframa ade, \q2 na ɔkwasea bɛyɛ onyansafo somfo. \b \q1 \v 30 Ɔtreneeni aba yɛ nkwadua, \q2 na nea ogye akra no yɛ onyansafo. \b \q1 \v 31 Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa; \q2 na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?” \b \c 12 \q1 \v 1 Obiara a ɔpɛ ahohyɛso no pɛ nimdeɛ, \q2 na nea okyi nteɛso no yɛ ogyimifo. \b \q1 \v 2 Nnipa pa nya \nd Awurade\nd* nkyɛn adom, \q2 na \nd Awurade\nd* bu amumɔyɛfo fɔ. \b \q1 \v 3 Amumɔyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim, \q2 na wɔrentumi ntu ɔtreneeni ase. \b \q1 \v 4 Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛw, \q2 nanso ɔyere nimguasefo te sɛ porɔwee wɔ ne kunu nnompe mu. \b \q1 \v 5 Atreneefo nhyehyɛe yɛ pɛ, \q2 na amumɔyɛfo afotu yɛ nnaadaa. \b \q1 \v 6 Amumɔyɛfo nsɛm da hɔ twɛn mogya, \q2 na ɔtreneeni kasa yi wɔn fi mu. \b \q1 \v 7 Wotu amumɔyɛfo gu na wɔyera, \q2 nanso atreneefo fi gyina pintinn. \b \q1 \v 8 Wɔkamfo onipa sɛnea ne nyansa te \q2 na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye de, wobu wɔn animtiaa. \b \q1 \v 9 Eye sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta nanso wowɔ ɔsomfo, \q2 sen sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wunni aduan. \b \q1 \v 10 Ɔtreneeni ma ne nyɛmmoa nea wɔpɛ, \q2 na amumɔyɛfo nneyɛe a eye pa ara yɛ atirimɔden. \b \q1 \v 11 Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan bebree, \q2 na nea odi nsɛm huhuw akyi no nni adwene. \b \q1 \v 12 Amumɔyɛfo pɛ abɔnefo asade, \q2 nanso ɔtreneeni ase dɔ. \b \q1 \v 13 Ɔbɔnefo anosɛm yi no sɛ afiri, \q2 nanso ɔtreneeni nya ne ho tetew wɔ ahohia mu. \b \q1 \v 14 Nneɛma pa fi onipa anom aba mu hyɛ no ma \q2 sɛnea ne nsa ano adwuma ma no akatua no. \b \q1 \v 15 Ɔkwasea akwan teɛ nʼani so, \q2 na onyansafo tie afotu. \b \q1 \v 16 Nkwaseafo bo nkyɛ fuw, \q2 nanso mmadwemma bu wɔn ani gu animka so. \b \q1 \v 17 Ɔdanseni nokwafo di adanse turodoo, \q2 na nea odi adansekurum no twa nkontompo. \b \q1 \v 18 Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ afoa \q2 nanso onyansafo tɛkrɛma ma abodwo. \b \q1 \v 19 Ano a ɛka nokware no tim hɔ daa, \q2 na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa. \b \q1 \v 20 Nnaadaa hyɛ wɔn a wodwen bɔne ho no koma mu, \q2 na wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya ahosɛpɛw. \b \q1 \v 21 Ɔhaw biara rento ɔtreneeni, \q2 nanso amanehunu mee amumɔyɛfo. \b \q1 \v 22 \nd Awurade\nd* kyi ano a etwa atoro, \q2 na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho. \b \q1 \v 23 Ɔtreneeni mmɔ ne nimdeɛ ho dawuru \q2 nanso ɔkwasea koma da agyimisɛm adi. \b \q1 \v 24 Nsa a ɛyɛ adwuma no bedi tumi, \q2 nanso akwadworɔ wie nkoasom mu. \b \q1 \v 25 Koma a ɛpere ade ho ma onipa botow, \q2 nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den. \b \q1 \v 26 Ɔtreneeni wɔ ntoboase wɔ ayɔnkofa mu, \q2 nanso amumɔyɛfo kwan ma wɔfom. \b \q1 \v 27 Onihawfo ntoto ne hanam, \q2 nanso nsiyɛfo ahonyade som bo ma wɔn. \b \q1 \v 28 Trenee kwan mu wɔ nkwa; \q2 na owu nni saa kwan no so. \b \c 13 \q1 \v 1 Ɔba nyansafo tie nʼagya nkyerɛkyerɛ; \q2 na ɔfɛwdifo ntie animka. \b \q1 \v 2 Nneɛma pa a efi onipa anom no ma no anigye, \q2 na wɔn a wonni nokware no kɔn dɔ kitikitiyɛ. \b \q1 \v 3 Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so, \q2 nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu. \b \q1 \v 4 Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee, \q2 na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara. \b \q1 \v 5 Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware, \q2 nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba. \b \q1 \v 6 Trenee bɔ ɔnokwafo ho ban, \q2 na amumɔyɛsɛm tu ɔbɔnefo gu. \b \q1 \v 7 Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee, \q2 ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree. \b \q1 \v 8 Obi ahonya betumi agye no nkwa, \q2 nanso ohiani nte ahunahuna biara. \b \q1 \v 9 Atreneefo kanea hyerɛn pa ara, \q2 nanso wodum amumɔyɛfo kanea. \b \q1 \v 10 Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba, \q2 na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu. \b \q1 \v 11 Ahonya a ɛnam ɔkwammɔne so no hwere ntɛm so, \q2 na nea ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso. \b \q1 \v 12 Anidaso a wotu hyɛ da no bɔ koma ɔyare, \q2 nanso anigyinade a nsa aka no yɛ nkwadua. \b \q1 \v 13 Nea otwiri akwankyerɛ no betua so ka, \q2 nanso wɔma nea ɔde obu ma mmara no akatua. \b \q1 \v 14 Onyansafo nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asuti, \q2 eyi onipa fi owu afiri mu. \b \q1 \v 15 Nhumu pa de adom ba, \q2 nanso atorofo akwan so yɛ den. \b \q1 \v 16 Ɔbadwemma biara yɛ nʼade wɔ nimdeɛ mu, \q2 nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi. \b \q1 \v 17 Ɔsomafo mumɔyɛfo tɔ amane mu, \q2 nanso ɔnanmusini nokwafo de abodwo ba. \b \q1 \v 18 Nea ɔpo nteɛso no kɔ ohia ne animguase mu, \q2 na wɔhyɛ nea otie nteɛso no anuonyam. \b \q1 \v 19 Akɔnnɔde a nsa aka ma ɔkra ani gye, \q2 nanso nkwaseafo kyi sɛ wɔtwe wɔn ho fi bɔne ho. \b \q1 \v 20 Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa, \q2 na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane. \b \q1 \v 21 Ɔhaw di ɔbɔnefo akyi, \q2 na nkɔso yɛ ɔtreneeni akatua. \b \q1 \v 22 Onipa pa de agyapade gyaw ne nenanom, \q2 na wɔkora ɔbɔnefo ahonyade so ma ɔtreneeni. \b \q1 \v 23 Ohiani afum nnɔbae tumi ba pii, \q2 nanso ntɛnkyew pra kɔ. \b \q1 \v 24 Nea ɔkyɛe nʼabaa so no tan ne ba, \q2 na nea ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛteɛ no. \q1 \v 25 Atreneefo didi ma wɔn koma mee, \q2 nanso ɔkɔm de amumɔyɛfo. \b \c 14 \q1 \v 1 Ɔbea nyansafo si ne dan, \q2 nanso ɔbea kwasea de nʼankasa ne nsa dwiriw ne de gu fam. \b \q1 \v 2 Nea ne nantew teɛ no suro \nd Awurade\nd*, \q2 na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa. \b \q1 \v 3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, \q2 nanso anyansafo ano bɔ wɔn ho ban. \b \q1 \v 4 Faako a anantwi nni no, adididaka no mu da mpan, \q2 na nantwi ahoɔden mu na nnɔbae pii fi ba. \b \q1 \v 5 Ɔdanseni nokwafo rennaadaa, \q2 ɔdansekurumni hwie atoro gu hɔ. \b \q1 \v 6 Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa nanso onya, \q2 nanso wɔn a wɔwɔ nhumu nya nimdeɛ ntɛm. \b \q1 \v 7 Twe wo ho fi ɔkwasea ho, \q2 efisɛ, worennya nimdeɛ mfi nʼano. \b \q1 \v 8 Anitewfo nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, \q2 na nkwaseafo agyimisɛm yɛ nnaadaa. \b \q1 \v 9 Nkwaseafo de bɔne ho adwensakra di fɛw, \q2 na wɔn a wɔteɛ mu na anisɔ wɔ. \b \q1 \v 10 Koma biara nim ɔyaw wɔ ne mu, \q2 na obi foforo rentumi ne no nkyɛ nʼanigye. \b \q1 \v 11 Wɔbɛsɛe amumɔyɛfo fi, \q2 nanso teefo ntamadan bɛyɛ frɔmfrɔm. \b \q1 \v 12 Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so, \q2 nanso awiei no, ɛkɔ owu mu. \b \q1 \v 13 Ɔserew mu mpo, koma tumi di yaw, \q2 na anigye tumi wie awerɛhow. \b \q1 \v 14 Akyirisanfo benya akatua sɛnea wɔn akwan te, \q2 na onipa pa nso benya ne de. \b \q1 \v 15 Atetekwaa gye biribiara di, \q2 nanso onitefo dwene nʼanammɔntu ho. \b \q1 \v 16 Onyansafo suro \nd Awurade\nd* na oguan bɔne, \q2 nanso ɔkwasea yɛ asowui ne basabasa. \b \q1 \v 17 Onipa a ne bo nkyɛ fuw no yɛ nkwaseade, \q2 na wɔtɔn nea ɔpam apam bɔne no. \b \q1 \v 18 Ntetekwaafo agyapade ne gyimi, \q2 na wɔde nimdeɛ bɔ anitewfo abotiri. \b \q1 \v 19 Nnipa bɔnefo bɛkotow nnipa pa anim, \q2 na amumɔyɛfo akotow atreneefo apon ano. \b \q1 \v 20 Ahiafo de, wɔn yɔnkonom mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, \q2 nanso adefo wɔ nnamfonom bebree. \b \q1 \v 21 Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, \q2 na nhyira nka nea ne yam ye ma ohiani. \b \q1 \v 22 So wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne nyera kwan ana? \q2 Nanso wɔn a wɔhyehyɛ nea eye no nya adɔe ne nokware. \b \q1 \v 23 Adwumadenyɛ nyinaa de mfaso ba, \q2 na kasahunu de, ɛkɔ ohia mu. \b \q1 \v 24 Anyansafo ahonya ne wɔn abotiri, \q2 na nkwaseafo agyimisɛm sow gyimi aba. \b \q1 \v 25 Ɔdanseni nokwafo gye nkwa, \q2 nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafo. \b \q1 \v 26 Nea osuro \nd Awurade\nd* no wɔ bammɔ a mu yɛ den, \q2 na ɛbɛyɛ guankɔbea ama ne mma. \b \q1 \v 27 \nd Awurade\nd* suro yɛ nkwa asuti, \q2 eyi onipa fi owu afiri mu. \b \q1 \v 28 Ɔman mu nnipa dodow yɛ ɔhene anuonyam, \q2 nanso sɛ asomfo nni hɔ a mmapɔmma no sɛe. \b \q1 \v 29 Onipa a ɔwɔ abodwokyɛre wɔ ntease a mu dɔ, \q2 na nea ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi. \b \q1 \v 30 Koma mu asomdwoe ma nipadua nkwa, \q2 na anibere ma nnompe porɔw. \b \q1 \v 31 Nea ɔhyɛ ahiafo so no bu wɔn Yɛfo animtiaa, \q2 nanso nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn anuonyam. \b \q1 \v 32 Sɛ amanehunu ba a amumɔyɛfo hwe ase, \q2 nanso owu mu mpo atreneefo wɔ guankɔbea. \b \q1 \v 33 Nyansa te ntease koma mu, \q2 na nkwaseafo mu mpo, oyi ne ho adi. \b \q1 \v 34 Trenee pagyaw ɔman, \q2 na bɔne yɛ animguase ma nnipa nyinaa. \b \q1 \v 35 Ɔhene ani sɔ ɔsomfo nyansani, \q2 na ɔsomfo nimguasefo hyɛ no abufuw. \b \c 15 \q1 \v 1 Mmuae pa sianka abufuwhyew, \q2 nanso asɛm a ano yɛ den hwanyan abufuw mu. \q1 \v 2 Onyansafo tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ, \q2 nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm. \b \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* ani hu baabiara, \q2 na ɛhwɛ amumɔyɛfo ne apapafo. \b \q1 \v 4 Tɛkrɛma a ɛde abodwo ba yɛ nkwadua, \q2 nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛw honhom. \b \q1 \v 5 Ɔkwasea mfa nʼagya nteɛso nyɛ hwee, \q2 na nea otie nteɛso no kyerɛ sɛ ɔyɛ onitefo. \b \q1 \v 6 Ahonya bebree wɔ ɔtreneeni fi, \q2 nanso amumɔyɛfo adenya de ɔhaw brɛ wɔn. \b \q1 \v 7 Anyansafo ano trɛtrɛw nimdeɛ mu, \q2 nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafo koma te. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* kyi amumɔyɛfo afɔrebɔ, \q2 nanso teefo mpaebɔ sɔ nʼani. \b \q1 \v 9 \nd Awurade\nd* kyi amumɔyɛfo akwan, \q2 nanso ɔdɔ wɔn a wotiw trenee. \b \q1 \v 10 Asotwe dennen wɔ hɔ ma nea ɔman fi ɔkwan no so, \q2 nea ɔtan nteɛso no bewu. \b \q1 \v 11 Owu ne Ɔsɛe da \nd Awurade\nd* anim, \q2 na nnipa koma mu de, onim ma ɛboro so. \b \q1 \v 12 Ɔfɛwdifo mpɛ nteɛso; \q2 onkobisa anyansafo hwee. \b \q1 \v 13 Anigye koma ma anim yɛ sereserew, \q2 na koma a abotow dwerɛw honhom. \b \q1 \v 14 Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ, \q2 nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm. \b \q1 \v 15 Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ, \q2 nanso anigye koma wɔ daa ahosɛpɛw mu. \b \q1 \v 16 Ketewa bi a yenya a \nd Awurade\nd* suro ka ho no ye \q2 sen ahonyade bebree a ɔhaw bata ho. \b \q1 \v 17 Nhabamma aduan a ɔdɔ wɔ mu no ye \q2 sen nantwi sradenam a ɔtan bata ho. \b \q1 \v 18 Nea ne bo fuw ntɛm no de mpaapaemu ba, \q2 nanso nea ɔwɔ ntoboase pata ntɔkwaw. \b \q1 \v 19 Nsɔe ama onihawfo kwan asiw, \q2 nanso teefo kwan yɛ ɔtempɔn. \b \q1 \v 20 Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye, \q2 nanso ɔba kwasea bu ne na animtiaa. \b \q1 \v 21 Agyimisɛm ma nea onni adwene ani gye, \q2 nanso nea ɔwɔ ntease no fa ɔkwan a ɛteɛ so. \b \q1 \v 22 Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe, \q2 nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye. \b \q1 \v 23 Onipa a ɔma mmuae a ɛfata no ani gye, \q2 asɛm a ɛba bere pa mu no nso ye. \b \q1 \v 24 Onyansafo asetena mu kwan ma no nkɔso, \q2 esiw ne da mukɔ ho kwan. \b \q1 \v 25 \nd Awurade\nd* sɛe ɔhantanni fi, \q2 na ɔma akunafo ahye yɛ pɛpɛɛpɛ. \b \q1 \v 26 \nd Awurade\nd* kyi amumɔyɛfo nsusuwii, \q2 nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronkron no de. \b \q1 \v 27 Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua, \q2 nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa. \b \q1 \v 28 Ɔtreneeni koma kari ne mmuae, \q2 nanso omumɔyɛfo ano woro bɔne. \b \q1 \v 29 \nd Awurade\nd* mmɛn amumɔyɛfo koraa, \q2 nanso ɔte ɔtreneeni mpaebɔ. \b \q1 \v 30 Anim a ɛtew ma koma nya ahomeka, \q2 na asɛm pa ma nnompe ahoɔden. \b \q1 \v 31 Nea otie animka a ɛma nkwa no \q2 ne anyansafo bɛbɔ mu atena ase. \b \q1 \v 32 Nea ɔmfa ahohyɛso no bu ne ho animtiaa, \q2 na nea otie nteɛso no nya nhumu. \b \q1 \v 33 \nd Awurade\nd* suro kyerɛ onipa nyansa, \q2 ahobrɛase di anuonyam anim. \b \c 16 \q1 \v 1 Koma mu nhyehyɛe yɛ onipa de, \q2 na tɛkrɛma mmuae fi \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 2 Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronkron, \q2 nanso \nd Awurade\nd* na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu. \b \q1 \v 3 Fa nea woyɛ nyinaa hyɛ \nd Awurade\nd* nsam, \q2 na wo nhyehyɛe besi yiye. \b \q1 \v 4 \nd Awurade\nd* yɛ biribiara ma nʼankasa botae, \q2 mpo, ɔhwɛ omumɔyɛfo so kosi amanehunu da. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* kyi koma mu ahantanfo nyinaa. \q2 Nya saa ntease yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni. \b \q1 \v 6 Wɔnam ɔdɔ ne nokware so pata bɔne; \q2 onipa nam \nd Awurade\nd* suro so yi bɔne akwa. \b \q1 \v 7 Sɛ onipa akwan sɔ \nd Awurade\nd* ani a, \q2 ɔma nʼatamfo mpo ne no tena asomdwoe mu. \b \q1 \v 8 Kakraa bi a wɔnam trenee kwan so nya no ye \q2 sen mfaso pii a wɔnam ntɛnkyew so nya. \b \q1 \v 9 Onipa yɛ ne nhyehyɛe wɔ ne koma mu, \q2 nanso \nd Awurade\nd* na ɔhwɛ nʼanammɔntu. \b \q1 \v 10 Ɔhene anom kasa te sɛ nkɔmhyɛ, \q2 enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka nea ɛnyɛ atɛntrenee. \b \q1 \v 11 Nsania ne abrammo a asisi nni mu fi \nd Awurade\nd*; \q2 nkaribo a ɛwɔ kotoku mu no, ɔno na ɔyɛe. \b \q1 \v 12 Ahemfo kyi bɔneyɛ, \q2 efisɛ ahengua si trenee so. \b \q1 \v 13 Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokware; \q2 na wobu onipa a ɔka nokware. \b \q1 \v 14 Ɔhene abufuwhyew yɛ owu somafo, \q2 nanso onyansafo bedwudwo ano. \b \q1 \v 15 Sɛ ɔhene anim tew a, ɛyɛ nkwa, \q2 nʼadom te sɛ asusowbere mu omununkum. \b \q1 \v 16 Eye sɛ wubenya nyansa sen sɛ wubenya sikakɔkɔɔ, \q2 sɛ wubenya nhumu sen sɛ wubenya dwetɛ! \b \q1 \v 17 Ɔtreneeni tempɔn kwati bɔne; \q2 nea ɔhwɛ nʼakwan yiye no bɔ ne nkwa ho ban. \b \q1 \v 18 Ahantan di ɔsɛe anim, \q2 na ahomaso honhom nso di asehwe anim. \b \q1 \v 19 Eye sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu \q2 sen sɛ wo ne ahantanfo bɛkyɛ asade. \b \q1 \v 20 Nea ɔyɛ osetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔso; \q2 nhyira nka nea ɔde ne ho to \nd Awurade\nd* so. \b \q1 \v 21 Wɔfrɛ koma mu anyansafo se nhumufo, \q2 na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so. \b \q1 \v 22 Ntease yɛ nkwa asuti ma wɔn a wɔwɔ bi, \q2 nanso agyimisɛm de asotwe brɛ nkwaseafo. \b \q1 \v 23 Onyansafo koma kyerɛ nʼano kwan, \q2 na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so. \b \q1 \v 24 Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm; \q2 ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yare. \b \q1 \v 25 Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so, \q2 nanso awiei no, ɛkɔ owu mu. \b \q1 \v 26 Apaafo akɔnnɔ ma wɔyɛ adwumaden; \q2 efisɛ wɔpɛ sɛ wokum wɔn kɔm. \b \q1 \v 27 Ohuhuni bɔ pɔw bɔne, \q2 ne kasa te sɛ ogya a ɛhyew ade. \b \q1 \v 28 Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba, \q2 na ɔsututufo tetew nnamfonom ntam. \b \q1 \v 29 Kitikitiyɛni daadaa ne yɔnko, \q2 na ɔde no fa ɔkwammɔne so. \b \q1 \v 30 Nea obu nʼani no redwene bɔneyɛ ho; \q2 na nea omua nʼano no ani wɔ bɔne so. \b \q1 \v 31 Dwen yɛ anuonyam abotiri; \q2 trenee mu asetena na ɛde ba. \b \q1 \v 32 Nea ɔwɔ abodwokyɛre no ye sen ɔkofo, \q2 na nea ɔmfa abufuw ye sen nea ɔko fa kuropɔn. \b \q1 \v 33 Wɔbɔ ntonto de hwehwɛ nea \nd Awurade\nd* pɛ, \q2 nanso ne gyinaesi biara fi \nd Awurade\nd*. \b \c 17 \q1 \v 1 Aduan sakoo a asomdwoe wɔ ho \q2 ye sen ofi a aponto ahyɛ no ma nanso basabasayɛ wɔ mu. \b \q1 \v 2 Ɔsomfo nyansafo bedi ɔba nimguasefo so, \q2 na obenya ne kyɛfa wɔ agyapade no mu sɛ anuanom no mu baako. \b \q1 \v 3 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ \q2 nanso \nd Awurade\nd* na ɔsɔ koma hwɛ. \b \q1 \v 4 Omumɔyɛfo tie nsusuwii bɔne; \q2 ɔtorofo yɛ aso ma adwene bɔne tɛkrɛma. \b \q1 \v 5 Nea odi ahiafo ho fɛw no bu wɔn Yɛfo animtiaa; \q2 na nea ɔfoa amanehunu so no benya asotwe. \b \q1 \v 6 Nananom yɛ mmasiriwa anuonyam, \q2 na awofo yɛ wɔn mma ahohoahoa. \b \q1 \v 7 Anotew nye mma ɔkwasea, \q2 saa ara na ano a edi atoro mfata ɔhene. \b \q1 \v 8 Nea ɔma adanmude no hu sɛ ɛyɛ suman; \q2 osusuw sɛ nkonimdi bɛba bere biara. \b \q1 \v 9 Nea obu nʼani gu mfomso so no ma ɔdɔ kwan, \q2 na nea ɔkɔ so bɔ so no tetew nnamfonom ntam. \b \q1 \v 10 Animka sɔ onipa a ɔwɔ nhumu ani \q2 sen mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea. \b \q1 \v 11 Onipa bɔnefo ani wɔ atuatew nko ara so \q2 na wɔbɛsoma odwumayɛni tirimuɔdenfo akɔ no so. \b \q1 \v 12 Eye sɛ wubehyia sisi a wɔawia ne mma \q2 sen ɔkwasea a ɔregyimi. \b \q1 \v 13 Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a, \q2 bɔne rempa ne fi da. \b \q1 \v 14 Ntɔkwaw mfiase te sɛ nea wɔretue suka; \q2 enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma. \b \q1 \v 15 Sɛ wobegyaa nea odi fɔ ne sɛ wobebu nea odi bem kumfɔ no, \q2 \nd Awurade\nd* kyi nʼabien no nyinaa. \b \q1 \v 16 Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam so nni mfaso, \q2 efisɛ onni botae biara sɛ obehu nyansa. \b \q1 \v 17 Adamfo kyerɛ ɔdɔ bere nyinaa mu, \q2 wɔwo onuabarima ma ahokyere bere. \b \q1 \v 18 Obi a onni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu \q2 nam so de si awowa ma ne yɔnko. \b \q1 \v 19 Nea ɔpɛ ntɔkwaw no dɔ bɔne; \q2 nea osi ɔpon tenten no frɛfrɛ ɔsɛe. \b \q1 \v 20 Onipa a ɔwɔ porɔwee koma no nnya nkɔso; \q2 nea ɔwɔ nnaadaa tɛkrɛma no tɔ amane mu. \b \q1 \v 21 Nea ɔwo ɔbakwasea no di awerɛhow, \q2 ɔbakwasea agya nni anigye. \b \q1 \v 22 Koma mu anigye yɛ aduru, ɛsa ɔyare, \q2 nanso honhom a abotow no yoyow nnompe. \b \q1 \v 23 Omumɔyɛfo gye adanmude wɔ sum ase \q2 de kyea atɛntrenee. \b \q1 \v 24 Onipa a ɔwɔ nhumu no ani kɔ nyansa so, \q2 na ɔkwasea toto nʼani kosi asase ano. \b \q1 \v 25 Ɔbakwasea hyɛ nʼagya awerɛhow, \q2 na ɔma nea onyinsɛn no no di yaw. \b \q1 \v 26 Enye sɛ wɔtwe nea odi bem aso, \q2 anaasɛ wotwa adwumayɛfo mmaa wɔ wɔn nokwaredi nti. \b \q1 \v 27 Onimdefo dwene nʼanom kasa ho, \q2 na nea ɔwɔ nhumu no wɔ abodwo. \b \q1 \v 28 Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wobu no sɛ onyansafo, \q2 na sɛ omua nʼano a wobu no sɛ ɔwɔ nhumu. \b \c 18 \q1 \v 1 Ɔhonamkani yɛ pɛsɛmenkominya; \q2 na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham. \b \q1 \v 2 Ɔkwasea nni nhumu ho anigye, \q2 na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua. \b \q1 \v 3 Sɛ amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so, \q2 na aniwu nso di animguase akyi. \b \q1 \v 4 Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ, \q2 na nyansa asuti yɛ asuwa a ɛrefi ahuru. \b \q1 \v 5 Enye sɛ wodi ma omumɔyɛfo \q2 anaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew. \b \q1 \v 6 Nkwaseafo ano de akasakasa ba, \q2 na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe. \b \q1 \v 7 Nkwaseafo ano yɛ wɔn ara wɔn sɛe, \q2 na wɔn anofafa yɛ wɔn ara wɔn kra afiri. \b \q1 \v 8 Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ; \q2 ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa. \b \q1 \v 9 Nea ɔtoto nʼadwuma ase no \q2 yɛ ɔsɛefo nuabarima. \b \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* din yɛ abantenten a ɛyɛ den; \q2 ahotefo guan kɔtoa na wonya bammɔ. \b \q1 \v 11 Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban \q2 wɔfa no sɛ ɔfasu tenten a wontumi mforo. \b \q1 \v 12 Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma, \q2 na ahobrɛase di anuonyam anim. \b \q1 \v 13 Nea ontie asɛm ansa na wama mmuae no, \q2 ɛno ne ne gyimi ne nʼanimguase. \b \q1 \v 14 Onipa honhom na ɛhyɛ no den wɔ ɔyare mu \q2 na honhom a abotow de, hena na ɔpɛ? \b \q1 \v 15 Nhumu koma nya nimdeɛ; \q2 na anyansafo aso nso hwehwɛ. \b \q1 \v 16 Akyɛde bue kwan ma nea ɔde ma \q2 na ɛde no ba atitiriw anim. \b \q1 \v 17 Ɛyɛ nea ɔbɔ ne nkuro kan no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ, \q2 kosi sɛ ɔfoforo bɛba abebisa no nsɛm no mu. \b \q1 \v 18 Ntontobɔ twa akyinnyegye so, \q2 na ɛpata atamfo. \b \q1 \v 19 Onua a wɔafom no no asɛm yɛ den sen kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, \q2 akyinnyegye te sɛ abankɛse apon a wɔabram akyi. \b \q1 \v 20 Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee, \q2 nnɔbae a nʼanofafa twa no mee no. \b \q1 \v 21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi, \q2 na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba. \b \q1 \v 22 Nea wanya yere no anya ade pa \q2 na onya adom fi \nd Awurade\nd* hɔ. \b \q1 \v 23 Ohiani srɛ ahummɔbɔ, \q2 nanso ɔdefo de kasaden bua no. \b \q1 \v 24 Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase, \q2 nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua. \b \c 19 \q1 \v 1 Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no \q2 ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu. \b \q1 \v 2 Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nye, \q2 saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera kwan nso nye. \b \q1 \v 3 Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, \q2 nanso ne koma huru tia \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 4 Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; \q2 nanso ohiani adamfo gyaw no hɔ. \b \q1 \v 5 Adansekurumni benya nʼakatua, \q2 na nea otwa nkontompo remfa ne ho nni. \b \q1 \v 6 Nnipa pii pɛ adom fi sodifo nkyɛn, \q2 na nea ɔkyɛ ade yɛ obiara adamfo. \b \q1 \v 7 Ohiani abusuafo nyinaa po no, \q2 na saa ara na ne nnamfonom po no! \q1 Mpo ɔhwehwɛ wɔn, pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, \q2 nanso onhu wɔn baabiara. \b \q1 \v 8 Nea onya nyansa no dɔ ne kra; \q2 nea ɔpɛ nhumu no nya nkɔso. \b \q1 \v 9 Adansekurumni benya asotwe, \q1 na nea otwa nkontompo no bɛyera. \b \q1 \v 10 Ɛmfata sɛ ɔkwasea bedi taamu, \q2 anaasɛ akoa bedi mmapɔmma so! \b \q1 \v 11 Onipa nyansa ma no ntoboase; \q2 ɛyɛ anuonyam ma obi sɛ obebu nʼani gu mfomso bi so. \b \q1 \v 12 Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmubomu, \q2 na nʼadom te sɛ sare so bosu. \b \q1 \v 13 Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛe, \q2 ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ ɔdan a ne nwini to ntwa da. \b \q1 \v 14 Afi ne ahonyade yɛ agyapade a efi awofo, \q2 na ɔyere nimdefo fi \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 15 Akwadworɔ de nnahɔɔ ba, \q2 na ɔkɔm de ɔkwadwofo. \b \q1 \v 16 Nea odi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban, \q2 na nea ogyaagyaa ne ho no bewu. \b \q1 \v 17 Nea ɔyɛ adɔe ma ohiani no yɛ de fɛm \nd Awurade\nd*, \q2 na obetua no nea ɔyɛ no so ka. \b \q1 \v 18 Teɛ wo ba, na ɛno mu na anidaso wɔ, \q2 na nyɛ wɔn a wɔde no kɔ owu mu no mu baako. \b \q1 \v 19 Ɛsɛ sɛ onipa a ne koma haw no no nya so asotwe; \q2 sɛ woka ma no a, wobɛyɛ bio. \b \q1 \v 20 Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu, \q2 na awiei no, wubehu nyansa. \b \q1 \v 21 Nhyehyɛe bebree wɔ onipa koma mu, \q2 nanso nea \nd Awurade\nd* pɛ no na ɛba mu. \q1 \v 22 Nea onipa pɛ ne nokware dɔ; \q2 eye sɛ wobɛyɛ ohiani sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo. \b \q1 \v 23 \nd Awurade\nd* suro kɔ nkwa mu; \q2 na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu. \b \q1 \v 24 Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu, \q2 na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano. \b \q1 \v 25 Twa ɔfɛwdifo mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene; \q2 ka nea ɔwɔ nhumu anim, na obenya nimdeɛ. \b \q1 \v 26 Nea ɔbɔ nʼagya korɔn na ɔpam ne na no \q2 yɛ ɔba a ɔde aniwu ne animguase ba. \b \q1 \v 27 Me ba, sɛ wugyae nkyerɛkyerɛ tie a, \q2 wobɛman afi nimdeɛ nsɛm ho. \b \q1 \v 28 Adansekurumni di atɛntrenee ho fɛw; \q2 na omumɔyɛfo ano mene bɔne. \b \q1 \v 29 Wɔasiesie asotwe ama fɛwdifo, \q2 ne mmaabɔ ama nkwaseafo akyi. \b \c 20 \q1 \v 1 Nsa yɛ ɔfɛwdifo na nsaden yɛ ɔtɔkwapɛfo; \q2 na obiara a nsa bɛma wafom kwan no nyɛ onyansafo. \b \q1 \v 2 Ɔhene abufuwhyew te sɛ gyata mmubomu; \q2 na nea ɔhyɛ no abufuw no de nkwa twa so. \b \q1 \v 3 Ɛyɛ onipa anuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa, \q2 nanso ogyimifo biara pɛ ntɔkwaw. \b \q1 \v 4 Onihawfo mfuntum nʼasase wɔ ne bere mu; \q2 enti edu twabere a onya hwee. \b \q1 \v 5 Onipa koma botae yɛ asubun, \q2 nanso nea ɔwɔ nhumu no twetwe ma epue. \b \q1 \v 6 Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da, \q2 na hena na obetumi ahu ɔnokwafo? \b \q1 \v 7 Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron; \q2 nhyira nka ne mma a wɔba wɔ nʼakyi. \b \q1 \v 8 Sɛ ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a, \q2 ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu. \b \q1 \v 9 Hena na obetumi aka se, “Mapra me koma mu; \q2 meyɛ kronkron na minni bɔne?” \b \q1 \v 10 Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no, \q2 \nd Awurade\nd* kyi nʼabien no nyinaa. \b \q1 \v 11 Mpo wɔnam abofra nketewa nneyɛe so hu wɔn, \q2 saa ara na ne suban yɛ kronkron ne papa no. \b \q1 \v 12 Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hu ade, \q2 \nd Awurade\nd* na wayɛ nʼabien no nyinaa. \b \q1 \v 13 Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia; \q2 nna, na wubenya aduan ama abu so. \b \q1 \v 14 Adetɔni ka se, “Enye, enye!” \q2 nanso sɛ ɔkɔ a ɔde nea watɔ no hoahoa ne ho. \b \q1 \v 15 Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhene pa nso abu so, \q2 na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ na. \b \q1 \v 16 Fa obi a odi ɔhɔho akagyinamu atade; \q2 sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa. \b \q1 \v 17 Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no yɛ onipa anom dɛ, \q2 nanso akyiri no, ɛdan mmosea wɔ nʼanom. \b \q1 \v 18 Pɛ afotu yɛ wo nhyehyɛe; \q2 sɛ wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ. \b \q1 \v 19 Osekuni da kokoamsɛm adi; \q2 enti twe wo ho fi onipa a ɔkasa bebree ho. \b \q1 \v 20 Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne na a, \q2 wobedum ne kanea wɔ sum kabii mu. \b \q1 \v 21 Agyapade a wɔpere ho nya no, \q2 renyɛ nhyira akyiri no. \b \q1 \v 22 Nka se, “Metua wo saa bɔne yi so ka!” \q2 Twɛn \nd Awurade\nd*, na obegye wo. \b \q1 \v 23 \nd Awurade\nd* kyi nkaribo a ɛnyɛ papa, \q2 na asisi nsania nso nsɔ nʼani. \b \q1 \v 24 \nd Awurade\nd* na ɔkyerɛ onipa anammɔntu. \q2 Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase? \b \q1 \v 25 Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a, \q2 osum ne ho afiri. \b \q1 \v 26 Ɔhene nyansafo hu amumɔyɛfo; \q2 na ɔde awiyam afiri hankare fa wɔn so. \b \q1 \v 27 \nd Awurade\nd* kanea hwehwɛ onipa honhom mu, \q2 ɛhwehwɛ ne mu baabiara. \b \q1 \v 28 Ɔdɔ ne nokwaredi bɔ ɔhene ho ban; \q2 nʼadɔe ma nʼahengua tim. \b \q1 \v 29 Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden, \q2 tidwen nso ne mmasiriwa anuonyam. \b \q1 \v 30 Ɔhwe ne apirakuru hohoro amumɔyɛ, \q2 mmaatwa tew koma mu. \b \c 21 \q1 \v 1 Ɔhene koma da \nd Awurade\nd* nsam; \q2 ɔkyerɛ no ɔkwan te sɛ asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ. \b \q1 \v 2 Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ nʼani so, \q2 nanso \nd Awurade\nd* na ɔkari koma. \b \q1 \v 3 Sɛ woyɛ ade pa ne ade a ɛteɛ a, \q2 ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani sen afɔrebɔ. \b \q1 \v 4 Ani a ɛtra ntɔn ne ahomaso koma, \q2 ne amumɔyɛfo asetena nyinaa yɛ bɔne! \b \q1 \v 5 Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, \q2 sɛnea ntɛmpɛ kowie ohia no. \b \q1 \v 6 Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no, \q2 ɛyɛ omununkum a etwa mu kɔ, na ɛsan yɛ owu afiri. \b \q1 \v 7 Amumɔyɛfo basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ, \q2 efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ. \b \q1 \v 8 Onipa a odi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, \q2 na nea ne ho nni asɛm no nneyɛe teɛ. \b \q1 \v 9 Suhyɛ twɔtwɔw ase baabi tena \q2 ye sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie. \b \q1 \v 10 Omumɔyɛfo kɔn dɔ bɔne; \q2 onni ahummɔbɔ mma ne yɔnko. \q1 \v 11 Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo hu nyansa, \q2 sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafo a, onya nimdeɛ. \b \q1 \v 12 Ɔtreneeni no hu nea ɛrekɔ so wɔ omumɔyɛfo fi, \q2 na ɔde omumɔyɛfo no kɔ ɔsɛe mu. \b \q1 \v 13 Sɛ onipa sisiw nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a, \q2 ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so. \b \q1 \v 14 Kokoa mu adekyɛ dwudwo koma, \q2 kɛtɛasehyɛ nso pata abufuwhyew. \b \q1 \v 15 Sɛ wubu atɛntrenee a, atreneefo ani gye, \q2 nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefo. \b \q1 \v 16 Onipa a ɔman fi nhumu kwan so no \q2 bɛhome wɔ awufo fekuw mu. \b \q1 \v 17 Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani; \q2 nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da. \b \q1 \v 18 Amumɔyɛfo de wɔn nkwa to hɔ ma atreneefo, \q2 na atorofo yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ. \b \q1 \v 19 Eye sɛ wobɛtena sare so, \q2 sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo a ne koma haw no no bɛtena. \b \q1 \v 20 Nnuan pa ne ngo ayɛ onyansafo fi ma, \q2 nanso ɔkwasea di nea ɔwɔ nyinaa. \b \q1 \v 21 Nea otiw trenee ne ɔdɔ no \q2 nya nkwa, yiyedi ne anuonyam. \b \q1 \v 22 Onyansafo tow hyɛ ahoɔdenfo kuropɔn so, \q2 na odwiriw abandennen a wɔn werɛ hyɛ mu no gu fam. \b \q1 \v 23 Nea ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no \q2 twe ne ho fi amanenya ho. \b \q1 \v 24 Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛwdifo” \q2 ɔde ahantan ntraso yɛ ade. \b \q1 \v 25 Nea ɔkwadwofo kɔn dɔ no bɛyɛ owu ama no, \q2 efisɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ. \b \q1 \v 26 Da mu nyinaa ɔpere sɛ obenya bebree, \q2 nanso ɔtreneeni de, ɔma a ɔnnodow ho. \b \q1 \v 27 Omumɔyɛfo afɔrebɔ yɛ akyiwade, \q2 ne titiriw ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho. \b \q1 \v 28 Ɔdansekurumni bɛyera, \q2 na wɔbɛsɛe obiara a otie no no nso. \b \q1 \v 29 Amumɔyɛfo di akakabensɛm, \q2 na ɔtreneeni de, osusuw nʼakwan ho. \b \q1 \v 30 Nyansa, nhumu ne nhyehyɛe biara nni hɔ a \q2 ebetumi ayɛ yiye atia \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 31 Wosiesie apɔnkɔ ma ɔko da, \q2 nanso nkonimdi yɛ \nd Awurade\nd* dea. \b \c 22 \q1 \v 1 Din pa ye sen ahonya bebrebe; \q2 sɛ wobedi wo ni ye sen dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ. \b \q1 \v 2 Ɔdefo ne ohiani wɔ ade baako, \q2 \nd Awurade\nd* ne wɔn nyinaa Yɛfo. \b \q1 \v 3 Onitefo hu amanehunu a ɛreba na ohintaw ne ho, \q2 nanso atetekwaa kɔ nʼanim konya amane. \b \q1 \v 4 Ahobrɛase ne \nd Awuradesuro\nd* \q2 ɛma ahonya ne anuonyam ne nkwa. \b \q1 \v 5 Nsɔe ne mfiri wɔ amumɔyɛfo akwan so, \q2 nanso nea ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho. \b \q1 \v 6 Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, \q2 na sɛ onyin a ɔremfi so. \b \q1 \v 7 Adefo di ahiafo so, \q2 na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo. \b \q1 \v 8 Nea odua amumɔyɛsɛm no twa ɔhaw \q2 na wɔbɛsɛe nʼabufuwhyew abaa. \b \q1 \v 9 Ɔyamyefo benya nhyira \q2 efisɛ ɔne ahiafo kyɛ nʼaduan. \b \q1 \v 10 Pam ɔfɛwdifo na basabasayɛ nso bɛkɔ; \q2 ntɔkwaw ne animka to atwa. \b \q1 \v 11 Obi a ɔdɔ koma a mu tew na ne kasa ho yɛ nyam no, \q2 benya ɔhene afa no adamfo. \b \q1 \v 12 \nd Awurade\nd* ani wɛn nimdeɛ, \q2 na ɔsɛe ɔtorofo nsɛm. \b \q1 \v 13 Ɔkwadwofo ka se, “Gyata bi wɔ mfikyiri hɔ!” \q2 anaasɛ, “Wobekum me wɔ mmɔnten so.” \b \q1 \v 14 Ɔbea waresɛefo anom yɛ amoa donkudonku; \q2 nea ɔhyɛ \nd Awurade\nd* abufuw ase no bɛtɔ mu. \b \q1 \v 15 Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, \q2 nanso nteɛso abaa bɛpam no akɔ akyiri. \b \q1 \v 16 Obi besisi ohiani de apɛ ahonya, \q2 anaa ɔbɛkyɛ ɔdefo ade, ne nyinaa de no kɔ ohia mu. \s1 Anyansasɛm \q1 \v 17 Yɛ aso na tie anyansasɛm yi; \q2 fa wo koma di me nkyerɛkyerɛ akyi, \q1 \v 18 efisɛ eye sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wo koma mu, \q2 na ne nyinaa ada wʼano. \q1 \v 19 Sɛ ɛbɛyɛ a wode wo ho bɛto \nd Awurade\nd* so, \q2 merekyerɛkyerɛ wo nnɛ, yiw ɛyɛ wo. \q1 \v 20 Menkyerɛw mmɛ aduasa mmaa wo, \q2 nea ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ, \q1 \v 21 a ɛkyerɛkyerɛ wo nokware ne nea akyinnye nni ho, \q2 sɛnea wubenya mmuae pa ama nea ɔsomaa wo no ana? \b \q1 \v 22 Mmɔ ahiafo korɔn, sɛ wɔyɛ ahiafo nti, \q2 na nsisi wɔn a wonni bi wɔ asennii, \q1 \v 23 efisɛ \nd Awurade\nd* bedi wɔn asɛm ama wɔn, \q2 na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa. \b \q1 \v 24 Mfa obi a ne koma yɛ den no adamfo, \q2 na mfa wo ho mmɔ nea ne bo nkyɛ fuw, \q1 \v 25 anyɛ saa a, wubesua nʼakwan \q2 na woakɔtɔ afiri mu. \b \q1 \v 26 Nyɛ nea ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamu \q2 anaasɛ odi akagyinamu; \q1 \v 27 na sɛ wunni nea wɔde tua a \q2 wobehuam wo mpa mpo afi wʼase. \b \q1 \v 28 Ntutu tete abo a wɔde ato hye, \q2 nea wo nenanom de sisii hɔ no. \b \q1 \v 29 Wuhu obi a ne nsa akokwaw nʼadwuma ho ana? \q2 Ahemfo anim na ɔbɛsom, \q2 na ɔrensom wɔ mpapahwekwa anim. \b \c 23 \q1 \v 1 Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a, \q2 hwɛ nea esi wʼanim no yiye, \q1 \v 2 Sɛ woyɛ adidibrada a, \q2 hyɛ wo ho so. \q1 \v 3 Nni nʼaduan akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi, \q2 efisɛ saa aduan no daadaa nnipa. \b \q1 \v 4 Mmiri wo mogya ani mpɛ sika; \q2 hu nyansa na tɔ wo bo ase. \q1 \v 5 Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera, \q2 ampa ara ebefuw ntaban \q2 na atu akɔ wim sɛ ɔkɔre. \b \q1 \v 6 Nni obi a ɔyɛ pɛpɛe aduan, \q2 nni nʼakɔnnɔ aduan akyi; \q1 \v 7 efisɛ ɔyɛ obi a \q2 bere biara osusuw sika ho. \q1 Ɔka se, “Didi na nom,” \q2 nanso ɛnyɛ ne koma mu. \q1 \v 8 Kakra a woadi no wobɛfe, \q2 na ɛno nti wo nkamfo so remma mfaso. \b \q1 \v 9 Nkasa nkyerɛ ɔkwasea, \q2 efisɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no. \q1 \v 10 Ntutu tete abo a wɔde ato hye ngu, \q2 na ntra ɔhye nkɔ ayisaa mfuw mu, \q1 \v 11 efisɛ wɔn Gyefo yɛ den, \q2 na obedi wɔn asɛm ama wɔn. \b \q1 \v 12 Ma wo koma mmra nkyerɛkyerɛ so, \q2 na wɛn wʼaso tie nimdeɛ. \b \q1 \v 13 Ntwentwɛn abofra nteɛso so; \q2 sɛ wode abaa teɛ no a, ɔrenwu. \q1 \v 14 Fa abaa twe nʼaso \q2 na gye ne kra fi owu mu. \b \q1 \v 15 Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, \q2 ɛno de, me koma ani begye; \q1 \v 16 sɛ wʼano ka nea ɛteɛ a \q2 me mu ade nyinaa ani begye. \b \q1 \v 17 Mma wʼani mmere abɔnefo, \q2 mmom bɔ \nd Awurade\nd* suro ho mmɔden bere biara. \q1 \v 18 Ampa ara anidaso wɔ hɔ ma wo daakye, \q2 na wʼanidaso renyɛ ɔkwa. \b \q1 \v 19 Me ba, tie, na hu nyansa, \q2 ma wo koma mfa ɔkwantrenee so. \q1 \v 20 Mfa wo ho mmɔ akɔwensafo \q2 anaasɛ wɔn a wɔpɛ nam mmoroso ho, \q1 \v 21 efisɛ, akɔwensafo ne adidibradafo bɛyɛ ahiafo, \q2 na anikum fura wɔn ntamagow. \b \q1 \v 22 Tie wʼagya a ɔwoo wo no, \q2 na sɛ wo na bɔ aberewa a, mmu no animtiaa. \q1 \v 23 Tɔ nokware na ntɔn da; \q2 nya nyansa, ahohyɛso ne nhumu. \q1 \v 24 Ɔtreneeni agya wɔ anigye bebree; \q2 nea ɔwɔ ɔba nyansafo no ani gye ne ho. \q1 \v 25 Ma wʼagya ne wo na ani nnye; \q2 ma ɔbea a ɔwoo wo no nnya ahosɛpɛw. \b \q1 \v 26 Me ba, fa wo koma ma me \q2 na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho, \q1 \v 27 na oguamanfo yɛ amoa donkudonku \q2 ɔyere huhuni yɛ ɔdaadaafo. \q1 \v 28 Ɔtɛw, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafo, \q2 na ɔma mmarima mu atorofo dɔɔso. \b \q1 \v 29 Hena na wɔadome no? Hena na odi awerɛhow? \q2 Hena na odi aperepere? Hena na onwiinwii? \q2 Hena na ɔwɔ atape nko ara? Hena na mogya ada nʼani so? \q1 \v 30 Wɔn a wɔkyɛ nsa ho, \q2 na wɔka nsa a wɔafrafra hwɛ. \q1 \v 31 Nhwɛ nsa ani kɔkɔɔ no haa, \q2 bere a ɛretwa yerɛw yerɛw wɔ kuruwa mu, \q2 na ɛkɔ yɔɔ no. \q1 \v 32 Awiei no, ɛka te sɛ ɔwɔ \q2 na ɛwɔ bɔre te sɛ ahurutoa. \q1 \v 33 Wʼani behu nneɛma a wunhuu da, \q2 na woadwene nneɛma basabasa ho. \q1 \v 34 Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a, \q2 okura hyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ehinhim wɔ po so. \q1 \v 35 Na wobɛka se, “Wɔbɔ me, nanso mimpira. \q2 Wɔboro me, nanso mente ɔyaw biara. \q1 Bere bɛn na menyan \q2 akɔpɛ nsa anom bio?” \b \c 24 \q1 \v 1 Mma wʼani mmere amumɔyɛfo, \q2 mfa wo ho mmɔ wɔn; \q1 \v 2 Efisɛ wɔn koma dwene atirimɔdensɛm ho, \q2 na wɔn ano ka nea ɛde basabasayɛ ba ho asɛm. \q1 \v 3 Wɔde nyansa na esi fi, \q2 na nhumu mu na wɔma etim; \q1 \v 4 ɛnam nimdeɛ so na wonya ademude a ɛho yɛ na \q2 na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu. \b \q1 \v 5 Onyansafo wɔ tumi a ɛso, \q2 na onimdefo nyin ahoɔden mu; \q1 \v 6 nea ɔretu sa hia akwankyerɛ, \q2 nea ɔrehwehwɛ nkonimdi no hia afotufo pii. \b \q1 \v 7 Nyansa wɔ soro dodo ma ɔkwasea; \q2 wɔ apon ano aguabɔ mu no, ɛnsɛ sɛ wobue wɔn ano. \b \q1 \v 8 Onipa a ɔbɔ pɔw bɔne no, \q2 wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfo. \q1 \v 9 Ogyimifo nhyehyɛe yɛ bɔne, \q2 nnipa kyi ɔfɛwdifo. \q1 \v 10 Sɛ wʼaba mu gow wɔ ɔhaw mu a, \q2 na wʼahoɔden sua! \b \q1 \v 11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akokum wɔn no nkwa; \q2 na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumii. \q1 \v 12 Sɛ woka se, “Na yennim eyi ho hwee a,” \q2 nea ɔkari koma hwɛ no nhu ana? \q1 Nea ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim ana? \q2 Ɔrentua nea obiara ayɛ so ka ana? \b \q1 \v 13 Me ba, di ɛwo, efisɛ eye; \q2 ɛwokyɛm mu wo yɛ wʼanom dɛ. \q1 \v 14 Hu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ; \q2 sɛ wunya a, wowɔ anidaso ma daakye, \q2 na wʼanidaso renyɛ ɔkwa. \b \q1 \v 15 Nkɔtɛw ɔtreneeni fi sɛ ɔkwanmukafo, \q2 na nkɔtow nhyɛ nʼatenae so, \q1 \v 16 Ɛwɔ mu sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason de, nanso ɔsɔre bio, \q2 na amumɔyɛfo de amanehunu baako ma wɔhwe ase. \b \q1 \v 17 Sɛ wo tamfo hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ; \q2 na sɛ ohintiw a mma wo koma nni ahurusi, \q1 \v 18 efisɛ \nd Awurade\nd* behu wʼadwene na ɔrempɛ \q2 na obeyi nʼabufuwhyew afi no so. \b \q1 \v 19 Nhaw wo ho wɔ abɔnefo nti, \q2 na mma wʼani mmere amumɔyɛfo nso, \q1 \v 20 efisɛ, ɔbɔnefo nni anidaso biara daakye, \q2 na wobedum amumɔyɛfo kanea. \b \q1 \v 21 Me ba, suro \nd Awurade\nd* ne ɔhene, \q2 na mfa wo ho mmɔ atuatewfo ho, \q1 \v 22 efisɛ saa baanu yi de, ɔsɛe bɛba wɔn so mpofirim; \q2 na hena na onim amanehunu ko a wobetumi de aba? \s1 Anyansafo Nsɛnka A Ɛkeka Ho \p \v 23 Eyinom nso yɛ anyansafo Nsɛnka: \q1 Atemmu a nhwɛanim wɔ mu no nye: \q1 \v 24 Obiara a ɔbɛka akyerɛ nea odi fɔ se, “Wo ho nni asɛm” no, \q2 nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa. \q1 \v 25 Na wɔn a wobu afɔdifo fɔ no, ebesi wɔn yiye, \q2 na nhyira bɛba wɔn so. \b \q1 \v 26 Mmuae pa \q2 te sɛ mfewano. \b \q1 \v 27 Wie wo mfikyidwuma \q2 na siesie wo mfuw; \q2 ɛno akyi, si wo fi. \b \q1 \v 28 Nni adanse ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee, \q2 na mfa wʼano nnaadaa. \q1 \v 29 Nka se, “Nea wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi; \q2 nea ɔyɛe no mitua no so ka.” \b \q1 \v 30 Menantew faa onihawfo afuw ho, \q2 twaa mu wɔ nea onni adwene bobeturo nso ho; \q1 \v 31 nsɔe afuw wɔ baabiara, \q2 wura afuw akata asase no so, \q2 na abo afasu no nso abubu. \q1 \v 32 Mede me koma kɔɔ nea mihuu no so \q2 na misuaa biribi fii mu: \q1 \v 33 nna kakra, nkotɔ kakra, \q2 nsa a woabobɔw de rehome kakra \q1 \v 34 bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo, \q2 na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a okura akode. Na ohia bɛtow akyere wo sɛ ɔkwanmukafo; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfowerɛmfo. \c 25 \s1 Salomo Mmebusɛm Nkekaho \p \v 1 Eyinom yɛ Salomo mmebusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufo kyerɛwee: \q1 \v 2 Ɛyɛ Onyankopɔn anuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie; \q2 sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo anuonyam. \q1 \v 3 Sɛnea ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no, \q2 saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo koma mu. \b \q1 \v 4 Sɛ woyi dwetɛ ho fi a, \q2 na ato nea ɛkɔ dwetɛdwumfo nsam; \q1 \v 5 Yi amumɔyɛfo fi ɔhene anim, \q2 na trenee bɛma nʼahengua atim. \b \q1 \v 6 Mma wo ho so wɔ ɔhene anim, \q2 na mpere dibea wɔ atitiriw mu; \q1 \v 7 Eye ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo se, “Bra soro ha,” \q2 sen sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitiriw bi anim. \b \q1 Nea wode wʼani ahu no \q2 \v 8 mpɛ ntɛm mfa nkɔ asennii, \q1 na sɛ awiei no wo yɔnko gu wʼanim ase a \q2 dɛn na wobɛyɛ? \b \q1 \v 9 Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm a \q2 nna obi foforo ahintasɛm adi, \q1 \v 10 anyɛ saa a, nea ɔbɛte no begu wʼanim ase \q2 na din bɔne a wubenya no rempepa da. \b \q1 \v 11 Asɛm a wɔka no sɛnea ɛfata no \q2 te sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛ \q2 de atuatua dwetɛ nsiesiei mu. \q1 \v 12 Sikakɔkɔɔ asokaa anaa sikakɔkɔɔ ankasa ahyehyɛde \q2 te sɛ onyansafo animka a ɔde ma nea ɔyɛ aso ma no. \b \q1 \v 13 Sɛnea sukyerɛmma ma wim dwo wɔ otwabere mu no, \q2 saa ara na ɔsomafo nokwafo te ma wɔn a wɔsoma no no; \q2 na ɔma ne wuranom akomatɔyam. \q1 \v 14 Omununkum ne mframa a ɛmfa osu mma no \q2 te sɛ onipa a ɔde akyɛde a ɔmmfa mma hoahoa ne ho. \b \q1 \v 15 Ntoboase ma sodifo ti da, \q2 na tɛkrɛmabere tumi bu dompe mu. \b \q1 \v 16 Sɛ wunya ɛwo a, nni ntra so, \q2 ne bebrebe bɛma woafe. \q1 \v 17 Ntaa nkɔ wo yɔnko fi, \q2 wo ho fono no a, ɔbɛtan wo. \b \q1 \v 18 Onipa a odi adansekurum tia ne yɔnko no \q2 te sɛ kontibaa, afoa anaa bɛmma a ano yɛ nnam. \q1 \v 19 Ɛse a ɛyare ɔkekaw anaa nan a ɛyɛ apakye \q2 te sɛ nea wode wo ho to ɔtorofo so hiada mu. \q1 \v 20 Nea ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhowni no, \q2 te sɛ nea ɔpa ntama gu awɔwbere mu \q2 anaa te sɛ nsa nyinyanyinya a wohwie gu apirakuru so. \b \q1 \v 21 Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni; \q2 sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom. \q1 \v 22 Sɛ woyɛ saa a, wobɛsosɔ nnyansramma agu nʼatifi, \q2 na \nd Awurade\nd* bɛma wo akatua. \b \q1 \v 23 Sɛnea atifi fam mframa de osu ba no, \q2 saa ara na tɛkrɛma a edi nseku de omuna ba. \b \q1 \v 24 Eye sɛ wobɛtena suhyɛ twɔtwɔw ase baabi, \q2 sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie. \b \q1 \v 25 Nsuonwini a ɔkra a atɔ beraw nya no \q2 te sɛ anigyesɛm a efi akyirikyiri. \q1 \v 26 Asuti a afono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ \q2 te sɛ ɔtreneeni a ogyaa ne ho ma amumɔyɛfo. \b \q1 \v 27 Enye sɛ wodi ɛwo ntraso, \q2 saa ara na ɛnyɛ anuonyam sɛ obi bɛhwehwɛ nsɛm a mu dɔ mu. \b \q1 \v 28 Onipa a onni ahohyɛso no \q2 te sɛ kuropɔn a nʼafasu abubu agu fam. \c 26 \q1 \v 1 Sɛnea sukyerɛmma te ahuhurubere anaasɛ osu wɔ otwabere no, \q2 saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea. \q1 \v 2 Sɛnea apatuprɛw tu anaasɛ asomfena tu dannan ne ho no, \q2 saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee. \q1 \v 3 Ɔkafo abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum, \q2 na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi. \q1 \v 4 Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuae, \q2 anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno. \q1 \v 5 Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuae, \q2 anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ onim nyansa. \q1 \v 6 Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a, \q2 ɛte sɛ wutwitwa wʼankasa wʼanan anaasɛ wonom awuduru. \q1 \v 7 Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no, \q2 yɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano. \q1 \v 8 Ɔbo a wɔakyekyere afam ahwimmo so \q2 te sɛ anuonyam a wɔde ama ɔkwasea. \q1 \v 9 Nsɔe dua a ɔkɔwensani kita no \q2 te sɛ mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano. \q1 \v 10 Nea ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no \q2 te sɛ agyantowni a opira nnipa kwa. \q1 \v 11 Sɛnea ɔkraman san kɔ ne fe ho no, \q2 saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu. \q1 \v 12 Wuhu obi a ɔyɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so ana? \q2 Anidaso pii wɔ ɔkwasea mu sen no. \b \q1 \v 13 Ɔkwadwofo ka se, “Gyata wɔ ɔkwan no mu, \q2 gyatakeka nenam mmɔnten no so!” \q1 \v 14 Sɛnea ɔpon di akɔneaba wɔ ne mpontare so no, \q2 saa ara na ɔkwadwofo twa ne ho wɔ ne mpa so. \q1 \v 15 Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu, \q2 na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano. \q1 \v 16 Ɔkwadwofo yɛ onyansafo wɔ ɔno ankasa ani so \q2 sen nnipa baason a wodwen asɛm ho na wɔabua. \b \q1 \v 17 Obi a oso ɔkraman aso twe no no \q2 te sɛ obi a ɔretwa mu na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu. \b \q1 \v 18 Ɔbɔdamfo a ɔtotow atuo \q2 anaa agyanwerɛmfo no \q1 \v 19 te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko \q2 na ɔka se, “Na mede redi agoru!” \b \q1 \v 20 Nnyansin hi a ogya dum; \q2 nseku nni hɔ a ntɔkwaw to twa. \q1 \v 21 Sɛnea gyabiriw dan nnyansramma na nnyina dan ogya no, \q2 saa ara na ɔtɔkwapɛfo hyɛ ntɔkwaw mu takramugya. \q1 \v 22 Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ; \q2 ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa. \b \q1 \v 23 Sɛnea ama kata asankagow ho no \q2 saa ara na tɛkrɛmadɛ kata amumɔyɛ koma so. \q1 \v 24 Onipa bɔne kasa te sɛ nea oye, \q2 nanso nnaadaa ahyɛ ne koma ma. \q1 \v 25 Ɛwɔ mu sɛ ne kasa yɛ dɛ de, nanso nnye no nni, \q2 efisɛ abususɛm ason ahyɛ ne koma ma. \q1 \v 26 Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so, \q2 nanso nʼamumɔyɛsɛm bɛda adi wɔ bagua mu. \q1 \v 27 Sɛ onipa tu amoa a, ɔbɛtɔ mu; \q2 sɛ onipa pirew ɔbo a, ɛbɛsan aba no so. \q1 \v 28 Atoro tɛkrɛma kyi wɔn a ogu wɔn ho fi, \q2 na adɛfɛdɛfɛ ano de ɔsɛe ba. \b \c 27 \q1 \v 1 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, \q2 na wunnim nea ɛda bi de bɛba. \b \q1 \v 2 Ma ɔfoforo nkamfo wo; na ɛnyɛ wo ankasa; \q2 ma emfi ɔfoforo anom na ɛnyɛ wo. \b \q1 \v 3 Ɔbo mu yɛ duru, na nwea yɛ adesoa, \q2 nanso ɔkwasea abufuwhyew yɛ duru sen emu biara. \b \q1 \v 4 Abufuw tirim yɛ den, na abufuwhyew sɛe ade, \q2 na hena na obetumi agyina ninkutwe ano? \b \q1 \v 5 Animka a ɛda gua \q2 ye sen ɔdɔ a asuma. \b \q1 \v 6 Apirakuru a efi adamfo nkyɛn no ye \q2 sen ɔtamfo mfewano bebrebe. \b \q1 \v 7 Ɛwo nyɛ nea wamee akɔnnɔ, \q2 nanso nea ɛyɛ nwen mpo yɛ nea ɔkɔm de no no nʼanom dɛ. \b \q1 \v 8 Onipa a wayera ne fi kwan, \q2 te sɛ anomaa a wafi ne berebuw mu rekyinkyin. \b \q1 \v 9 Ngo ne aduhuam ma koma ani gye, \q2 adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma. \b \q1 \v 10 Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, \q2 nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo, \q2 na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri. \b \q1 \v 11 Me ba, hu nyansa na ma me koma ani nnye; \q2 ɛno na ɛbɛma manya mmuae ama obiara a obu me animtiaa. \b \q1 \v 12 Mmadwemma hu asiane na wohintaw, \q2 nanso ntetekwaafo kɔ wɔn anim kɔtɔ mu. \b \q1 \v 13 Fa atade a ɛhyɛ obi a odi ɔhɔho akagyinamu; \q2 sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa. \b \q1 \v 14 Sɛ obi teɛ mu hyira ne yɔnko anɔpahema a, \q2 wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome. \b \q1 \v 15 Ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ \q2 ahumtuda nsusosɔ wɔ ɔdan a enwin so; \q1 \v 16 sɛ wopata no a, ɛte sɛ nea wopata mframa \q2 anaa wode wo nsa beso ngo mu. \b \q1 \v 17 Dade sew dade, \q2 saa ara na onipa sew ɔfoforo. \b \q1 \v 18 Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bedi so aba, \q2 na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam. \b \q1 \v 19 Sɛnea nsu yi animdua kyerɛ no, \q2 saa ara na onipa koma da onipa no adi. \b \q1 \v 20 Sɛnea Owu ne Ɔsɛe bo ntɔ da no, \q2 saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da. \b \q1 \v 21 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ, \q2 nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛsɔ no hwɛ. \b \q1 \v 22 Sɛ wowɔw ɔkwasea wɔ ɔwaduru mu, \q2 sɛ wode ɔwɔma wɔw no te sɛnea wusiw aburow a, \q2 worentumi nyi agyimisɛm mfi ne ho. \b \q1 \v 23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wubehu wo nguankuw tebea, \q2 na ma wʼani nkɔ wo anantwikuw so; \q1 \v 24 efisɛ, ahonya ntena hɔ daa, \q2 na ahenkyɛw ntena hɔ mma awo ntoantoaso nyinaa. \q1 \v 25 Sɛ wotwa sare no na foforo fifi, \q2 na wɔboaboa nkoko so sare no ano a, \q1 \v 26 ɛno de, nguantenmma no bɛma wo ntama, \q2 na mmirekyi ama sika a ɛtɔ mfuw. \q1 \v 27 Wubenya mmirekyi nufusu bebree \q2 ama wo ne wʼabusuafo adi \q2 ne aduan ama wo mmaawa. \b \c 28 \q1 \v 1 Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no, \q2 nanso atreneefo koko yɛ duru sɛ gyata. \b \q1 \v 2 Atuatewman nya sodifo pii, \q2 nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma. \b \q1 \v 3 Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so no \q2 te sɛ osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi wɔ akyi. \b \q1 \v 4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo, \q2 na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan. \b \q1 \v 5 Abɔnefo nte atɛntrenee ase, \q2 nanso wɔn a wɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* no, te ase yiye. \b \q1 \v 6 Ohiani a ne nantew ho nni asɛm \q2 ye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye. \b \q1 \v 7 Nea odi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhumu, \q2 nanso nea ɔne adidibradafo bɔ no gu nʼagya anim ase. \b \q1 \v 8 Nea ogye mfɛntom mmoroso de nya ne ho no, \q2 ɔboaboa ano ma nea ɔbɛyɛ ahiafo adɔe. \b \q1 \v 9 Sɛ obi nni mmara so a, \q2 ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwade. \b \q1 \v 10 Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so no \q2 bɛhwe ɔno ankasa afiri mu, \q2 nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye. \b \q1 \v 11 Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so, \q2 nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte. \b \q1 \v 12 Sɛ atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii; \q2 nanso sɛ amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw. \b \q1 \v 13 Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso, \q2 na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ. \b \q1 \v 14 Nhyira nka nea osuro \nd Awurade\nd* bere nyinaa, \q2 nanso nea opirim ne koma no tɔ amane mu. \b \q1 \v 15 Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so no \q2 te sɛ gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere. \b \q1 \v 16 Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene, \q2 na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten. \b \q1 \v 17 Nea awudi ma ne tiboa bu no fɔ no \q2 bɛyɛ ɔkobɔfo akosi ne wu da; \q2 wɔmma obiara nsiw no kwan. \b \q1 \v 18 Nea ne nantew ho nni asɛm no, wogye no fi ɔhaw mu, \q2 nanso nea nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim. \b \q1 \v 19 Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan pii, \q2 nanso wɔn a wodi nnaadaasɛm akyi no benya wɔn so ne wɔn hia. \b \q1 \v 20 Wobehyira onipa nokwafo pii, \q2 na nea ɔpere pɛ ahonyade no remfa ne ho nni. \b \q1 \v 21 Nhwɛanim nye, \q2 nanso aduan kakraa bi nti nnipa bɛyɛ bɔne. \b \q1 \v 22 Nea ɔyɛ pɛpɛe pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefo \q2 na onnim sɛ ohia retwɛn no. \b \q1 \v 23 Nea ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyiri no \q2 asen nea ɔwɔ tɛkrɛmadɛ. \b \q1 \v 24 Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔn \q2 na ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,” \q2 ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ. \b \q1 \v 25 Odifudepɛfo de mpaapaemu ba \q2 na nea ɔde ne ho to \nd Awurade\nd* so no benya nkɔso. \b \q1 \v 26 Nea ogye ne ho di no yɛ ɔkwasea, \q2 na nea ɔnantew nyansa mu no wobegye no. \b \q1 \v 27 Nea ɔma ahiafo no, hwee renhia no, \q2 nanso nea obu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii. \b \q1 \v 28 Sɛ amumɔyɛfo nya tumi a, nnipa kohintaw; \q2 na sɛ amumɔyɛfo ase tɔre a, atreneefo ase dɔ. \b \c 29 \q1 \v 1 Obi a ɔkɔ so yɛ tufoante wɔ animka pii akyi no \q2 wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrennya ano aduru. \b \q1 \v 2 Sɛ atreneefo di yiye a, nnipa no di ahurusi; \q2 sɛ amumɔyɛfo di nnipa so a, wusi apini. \b \q1 \v 3 Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye, \q2 nanso nguamanfo yɔnko sɛe nʼahonya. \b \q1 \v 4 Ɔhene nam atɛntrenee so ma ɔman no asomdwoe, \q2 nanso nea ɔde adifudepɛ gye adanmude no bɔ ɔman no. \b \q1 \v 5 Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no \q2 sum ne nan afiri. \b \q1 \v 6 Ɔdebɔneyɛni bɔne sum no afiri, \q2 nanso ɔtreneeni betumi ato dwom ama nʼani agye. \b \q1 \v 7 Ahiafo atɛntreneebu ho hia atreneefo, \q2 nanso amumɔyɛfo nni saa ɔtema no. \b \q1 \v 8 Fɛwdifo de basabasayɛ ba kuropɔn mu, \q2 nanso anyansafo sianka abufuw. \b \q1 \v 9 Sɛ onyansafo de ɔkwasea kɔ asennii a, \q2 ɔkwasea no bobɔ mu kasa di fɛw, na asomdwoe mma. \b \q1 \v 10 Mogyapɛfo kyi ɔnokwafo, \q2 na wɔhwehwɛ sɛ wobekum nea ɔteɛ. \b \q1 \v 11 Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi, \q2 nanso onyansafo hyɛ ne ho so. \b \q1 \v 12 Sɛ ɔsodifo tie nkontomposɛm a, \q2 nʼadwumayɛfo nyinaa bɛyɛ amumɔyɛfo. \b \q1 \v 13 Ohiani ne ɔsohyɛfo nyinaa wɔ saa ade baako yi: \q2 \nd Awurade\nd* ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hu ade. \b \q1 \v 14 Sɛ ɔhene di ahiafo asɛm yiye a, \q2 nʼahengua betim hɔ daa. \b \q1 \v 15 Nteɛso abaa ma nyansa, \q2 na abofra a wɔde ne pɛ ma no no, gu ne na anim ase. \b \q1 \v 16 Sɛ amumɔyɛfo di yiye a, bɔne nso kɔ so, \q2 na atreneefo behu wɔn asehwe. \b \q1 \v 17 Teɛ wo ba, na ɔbɛma wo asomdwoe; \q2 ɔbɛma wo kra ani agye. \b \q1 \v 18 Sɛ anisoadehu nni hɔ a nnipa no yɛ basaa; \q2 na nhyira nka nea odi mmara so. \b \q1 \v 19 Wɔmfa anom nsɛm kɛkɛ nteɛ ɔsomfo; \q2 ɔte ase de, nanso ɔremfa. \b \q1 \v 20 Wuhu obi a ɔpɛ ntɛm kasa ana? \q2 Ɔkwasea wɔ anidaso sen no. \b \q1 \v 21 Sɛ obi kokɔ ne somfo fi ne mmofraase a, \q2 awiei no ɔde awerɛhow na ɛbɛba. \b \q1 \v 22 Onipa a ne bo afuw de mpaapaemu ba, \q2 na nea ne bo nkyɛ fuw no yɛ bɔne pii. \b \q1 \v 23 Onipa ahomaso brɛ no ase, \q2 nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam. \b \q1 \v 24 Nea ɔboa ɔkorɔmfo no haw ɔno ankasa ho. \q2 Wɔama waka ntam nti osuro sɛ obedi adanse. \b \q1 \v 25 Onipa ho suro betumi ayɛ afiri, \q2 na nea ɔde ne ho to \nd Awurade\nd* so no, wobegye no. \b \q1 \v 26 Bebree hwehwɛ sɛ wobenya ɔhene ne no akasa, \q2 nanso onipa nya atɛntrenee fi \nd Awurade\nd* nkyɛn. \b \q1 \v 27 Atreneefo kyi atorofo; \q2 na amumɔyɛfo kyi wɔn a wɔn akwan teɛ. \c 30 \s1 Agur Nsɛm A Ɔkae \p \v 1 Yake babarima Agur nsɛm a ɔkae a ɛyɛ nkuranhyɛ: \q1 Saa ɔbarima yi ka kyerɛɛ Itiel ne Ukal se: \b \q1 \v 2 “Me na minnim hwee koraa wɔ nnipa mu, \q2 minni onipa ntease. \q1 \v 3 Minsuaa nyansa, \q2 na minni Ɔkronkronni no ho nimdeɛ nso. \q1 \v 4 Hena na waforo akɔ ɔsoro na wasian aba fam? \q2 Hena na wabɔ mframa boa wɔ ne nsam? \q1 Hena na ɔde nʼatade abɔ nsu boa? \q2 Hena na ɔbɔɔ asase tamaa yi? \q1 Ne din de dɛn, na ne babarima nso din de dɛn? \q2 Sɛ wunim a ka kyerɛ me! \b \b \q1 \v 5 “Onyankopɔn asɛm biara yɛ nokware; \q2 ɔyɛ nkatabo ma wɔn a woguan toa no. \q1 \v 6 Mfa biribi nka nʼasɛm ho, \q2 anyɛ saa a ɔbɛka wʼanim ama woayɛ ɔtorofo. \b \q1 \v 7 “\nd Awurade\nd*, nneɛma abien na mehwehwɛ afi wo nkyɛn; \q2 mfa nkame me ansa na mawu: \q1 \v 8 ma me ne atoro ne nnaadaasɛm ntam nware koraa; \q2 mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefo; \q2 nanso ma me me daa aduan nkutoo. \q1 \v 9 Anyɛ saa a, ebia minya me ho pii a ɛbɛma mapa wo \q2 na maka se, ‘Hena ne \nd Awurade\nd*?’ \q1 Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔn, \q2 na ama magu me Nyankopɔn din ho fi. \b \q1 \v 10 “Nsɛe ɔsomfo din nkyerɛ ne wura; \q2 sɛ woyɛ saa a, ɔbɛdome wo na wubetua so ka. \b \q1 \v 11 “Nnipa bi dome wɔn agyanom, \q2 na wonhyira wɔn nanom nso; \q1 \v 12 Wɔn a wɔteɛ wɔ wɔn ankasa ani so \q2 nanso wɔnhohoroo wɔn ho fi no; \q1 \v 13 wɔn a wɔn ani tra ntɔn, \q2 na wobu animtiaa; \q1 \v 14 wɔn a wɔn se yɛ afoa \q2 na asekan hyehyɛ wɔn abogye mu \q1 wɔn na wɔbɛtɔre ahiafo ase afi asase so, \q2 na wɔayi ahiafo afi adesamma mu. \b \q1 \v 15 “Amemem wɔ mmabea baanu \q2 a wɔteɛ mu se, ‘Fa ma! Fa ma!’ \b \li1 “Nneɛma abiɛsa na ɛmmee da \li2 anan na ɛnka da se, ‘Eye!’ \li3 \v 16 Ɔda, \li3 obonin awotwaa, \li3 asase a ɛyɛ wosee daa, \li3 ne ogya a ɛnka da se, ‘Eye!’ \b \q1 \v 17 “Ani a eyi agya ahi, \q2 na ebu ɛna animtiaa no, \q1 obon mu kwaakwaadabi betutu, \q2 na apete abedi. \b \li1 \v 18 “Nneɛma abiɛsa na ɛyɛ me nwonwa, \li2 anan na mente ase: \li3 \v 19 Ɔkwan a ɔkɔre nam so wɔ wim, \li3 sɛnea ɔwɔ nantew ɔbotan so, \li3 ɔkwan a hyɛn nam so wɔ po tamaa so, \li3 ne sɛnea ɔbarima dɔ ababaa. \b \q1 \v 20 “Ɔbea ɔwaresɛefo kwan ni: \q2 Odidi, ɔpepa nʼano \q2 na ɔka se, ‘Menyɛɛ mfomso biara.’ \b \li1 \v 21 “Nneɛma abiɛsa na ɛma asase wosow, \li2 anan na asase ntumi nnyina ano: \li3 \v 22 akoa a wabɛyɛ ɔhene, \li3 ɔkwasea a wadidi amee, \li3 \v 23 ɔbea a wɔmpɛ no na waware, \li3 afenaa a otu nʼawuraa tena nʼanan mu. \b \li1 \v 24 “Nneɛma nketenkete anan na ɛwɔ asase so, \li2 nanso wɔyɛ anyansafo ankasa: \li2 \v 25 Ntɛtea yɛ abɔde nketewa a wonni ahoɔden, \li3 nanso wɔboaboa wɔn aduan ano ahuhuru bere mu; \li2 \v 26 Nkukuban\f + \fr 30.26 \fr*\ft Nkukuban yɛ nnanko mu ahorow bi a, wɔtena akuwakuw wɔ mmepɔw mu.\ft*\f* yɛ abɔde a wonni ahoɔden, \li3 nanso wɔyɛ wɔn afi wɔ abotan mu, \li2 \v 27 mmoadabi nni ɔhene, \li3 nanso wɔsa so akuwakuw, kɔ wɔn anim; \li2 \v 28 wotumi de nsa kyere ɔketew, \li3 nanso wohu no abirɛmpɔn ahemfi. \b \li1 \v 29 “Nneɛma abiɛsa na wɔwɔ abirɛmpɔnnantew, \li2 anan na wɔkeka wɔn ho te sɛ abirɛmpɔn: \li3 \v 30 gyata, mmoadoma hene a, biribiara mmɔ no hu; \li3 \v 31 akokɔnini a ɔretutu taataa, \li3 ɔpapo, \li3 ne ɔhene a nʼasraafo atwa no ho ahyia. \b \q1 \v 32 “Sɛ woayɛ ɔkwasea ama wo ho so, \q2 anaa woadwene bɔne a, \q2 ma wʼani nwu na mua wʼano! \q1 \v 33 Sɛnea wɔka nufusu nu mu a srade fi mu ba, \q2 na wokyinkyim hwene a etu mogya no, \q2 saa ara na abufuw de akasakasa ba.” \c 31 \s1 Ɔhene Lemuel Nsɛm \p \v 1 Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkuranhyɛ a ne na kyerɛɛ no: \q1 \v 2 Tie, me babarima! Tie, me yafunu ba, \q2 Tie, me bɔhyɛ ba, me mpaebɔ ho mmuae! \q1 \v 3 Nsɛe wʼahoɔden wɔ mmea\f + \fr 31.3 \fr*\ft Saa mmea yi yɛ mmea nguamanfo a wɔwɔ ahemfi a wobetumi atwe ɔhene adwene afi nʼadwuma so.\ft*\f* ho, \q2 wɔn a wogu ahemfo asu no. \b \q1 \v 4 Enye mma ahemfo, Lemuel, \q2 asanom nye mma ahemfo, \q2 ɛnsɛ sɛ sodifo pere bobesa ho; \q1 \v 5 sɛ wɔnom nsa a wɔn werɛ befi nea mmara no ka, \q2 na wɔn a wɔhyɛ wɔn so no rennya nea ɛyɛ wɔn kyɛfa. \q1 \v 6 Fa bobesa ma wɔn a wɔresɛe, \q2 na fa nsa ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu; \q1 \v 7 Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfi wɔn hia, \q2 na wɔnnkae wɔn awerɛhow bio. \b \q1 \v 8 Kasa ma wɔn a wontumi nkasa mma wɔn ho, \q2 kasa ma mmɔborɔfo yiyedi. \q1 \v 9 Kasa na bu atɛntrenee; \q2 kasa ma ahiafo ne onnibi yiyedi. \s1 Awiei: Ɔyere A Ɔsom Bo \q1 \v 10 Ɔyere pa, hena na obenya? \q2 Ɔsom bo pa ara sen nhene pa. \q1 \v 11 Ne kunu wɔ ne mu ahotoso pa ara, \q2 na biribiara a ɛwɔ bo nhia no. \q1 \v 12 Ɔde nea eye brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw, \q2 ne nkwanna nyinaa mu. \q1 \v 13 Ɔhwehwɛ oguannwi ne asaawa \q2 na ɔde ne nsa nwen wɔ fɛw so. \q1 \v 14 Ɔte sɛ aguadifo ahyɛn, \q2 ɔde ne nnuan fi akyirikyiri ba. \q1 \v 15 Ade nnya nkyee no na wasɔre; \q2 osiesie aduan ma nʼabusuafo \q2 na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa. \q1 \v 16 Osusuw afuw ho na ɔtɔ; \q2 ofi nea onya mu yɛ bobeturo. \q1 \v 17 Ɔde nsi yɛ nʼadwuma; \q2 nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma. \q1 \v 18 Ɔhwɛ sɛ nʼaguadi so wɔ mfaso, \q2 na ne kanea anum anadwo. \q1 \v 19 Daa, na ne nsa kura tadua mu \q2 a ne nsateaa nso retoatoa asaawa. \q1 \v 20 Ogow ne nsam ma ahiafo \q2 na ne nsa so ohiani so. \q1 \v 21 Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fifo ho; \q2 efisɛ wɔn nyinaa wɔ adurade a wɔde ko awɔw. \q1 \v 22 Ɔyɛ ne mpasotam; \q2 na ofura nwera ne sirikyi ntama. \q1 \v 23 Ne kunu wɔ anuonyam wɔ kuropɔn pon ano, \q2 faako a ɔne asase no so mpanyimfo tena. \q1 \v 24 Ɔpempam nwera ntade tontɔn, \q2 na otu nkyekyeremu ma aguadifo. \q1 \v 25 Ɔwɔ ahoɔden ne anuonyam; \q2 na onsuro nna a ɛwɔ nʼanim. \q1 \v 26 Ɔkasa nyansa mu, \q2 na nokware nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so. \q1 \v 27 Ɔhwɛ ne fi mu nnwuma so \q2 na onnyigye anihaw so. \q1 \v 28 Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira; \q2 ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no se, \q1 \v 29 “Mmea pii yɛ nneɛma a ɛwɔ din \q2 na wo de, wosen wɔn nyinaa.” \q1 \v 30 Ɔbea kɔnnɔfo yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twa mu ntɛm so; \q2 nanso ɔbea a osuro \nd Awurade\nd* no fata nkamfo. \q1 \v 31 Fa abasobɔde a wanya no ma no, \q2 na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn pon ano.