\id PHP - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Filipifo \toc1 Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Filipifo \toc2 Filipifo \toc3 Flp \mt2 Paulo Nhoma A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Filipifo \c 1 \s1 Nkyia \p \v 1 Saa nhoma yi fi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn, \b \p Wɔde kɔma Yesu Kristo mu ahotefo ne ahwɛfo ne asomafo a wɔwɔ Filipi no nyinaa: \b \p \v 2 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. \b \s1 Paulo Mpaebɔ \p \v 3 Bere biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase. \v 4 Saa ara nso na da biara mede anigye bɔ mpae ma mo, \v 5 efisɛ efi da a edi kan de besi sesɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu. \v 6 Eyi nti migye di yiye sɛ Onyankopɔn a ofii ase yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akosi da a Yesu Kristo bɛba no. \p \v 7 Sɛnea mo ho adwene pa wɔ me tirim no nti sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Efisɛ sɛ meda mpokyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom. \v 8 Onyankopɔn ankasa di me adanse sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo dɔ mu. \p \v 9 Me mpae a mebɔ ma mo ne sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mubenyin wɔ nimdeɛ ne ntease mu, \v 10 sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea eye na da a Kristo bɛba no na moayɛ kronkron a obi nka asɛm bi ntia mo. \v 11 Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko betumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam akamfo no. \p \v 12 Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛw. \v 13 Ɛno nti awɛmfo a wɔwɔ ahemfi ha ne afoforo a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, esiane sɛ meyɛ Kristo somfo no nti na meda afiase. \v 14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wotumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoduru so a wonsuro hwee. \p \v 15 Ɛyɛ nokware sɛ wɔn mu ebinom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforo, na afoforo nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm. \v 16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no fi ɔdɔ mu na ɛka, efisɛ, wonim sɛ Onyankopɔn asɛm nti na meda afiase. \v 17 Afoforo a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiasenna nna yi mu. \v 18 Eyi nti na ayɛ dɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Nea ehia ara ne sɛ, sɛ wofi adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. \p Na eyi nti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, \v 19 efisɛ minim sɛ mo mpaebɔ ne adom a efi Yesu Kristo Honhom mmoa mu no nti wobegyaa me. \v 20 Me pɛ ne mʼanidaso titiriw ne sɛ, mmere nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa bere yi, sɛ mete ase o, sɛ miwu o, mede me nipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo anuonyam. \v 21 Me de, Kristo nti na mete ase; na mpo, owu yɛ me mfaso. \v 22 Nanso sɛ mete ase a, metumi ayɛ adwuma a so wɔ mfaso ama Kristo. Ɛno nti minhu mu nea memfa, asetena anaasɛ owu. \v 23 Eyi ayɛ me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ mitu fi wiase ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye; \v 24 nanso mo nti, sɛ mete ase nso a anka eye. \v 25 Minim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno nti migye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyin wɔ gyidi mu anya anigye. \v 26 Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesan bɛsra mo bio a, mubenya biribi agyina so ahyɛ Kristo anuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban. \p \v 27 Mprempren, ade a ɛho hia me ne sɛ biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ yehyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mugyina pintinn na mukura botae koro ne gyidi koro wɔ Asɛmpa no ho. \v 28 Munnsuro mo atamfo. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoduru nnyina pintinn. Na eyi bedi adanse sɛ wobedi nkogu na moadi nkonim, efisɛ Onyankopɔn ka mo ho. \v 29 Na mo de, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ munni Kristo akyi nko, na mmom sɛ mubehu amane nso. \v 30 Afei mubetumi ne me abɔ mu ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na bere a atwa mu no, mekoe na migu so reko sɛnea mote no. \c 2 \s1 Kristo Ahobrɛase \p \v 1 Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne dɔ kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana? \v 2 Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ. \v 3 Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho. \v 4 Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi. \p \v 5 Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi. \q1 \v 6 Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de, \q2 nanso wanhwɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. \q1 \v 7 Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn. \q2 Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, \q2 baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa. \q1 \v 8 Ɔbrɛɛ ne ho ase, \q2 yɛɛ osetie \q2 de koduu owu mu, \q3 asennua ho wu mu mpo. \b \q1 \v 9 Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa, \q2 maa no din a edi din nyinaa so. \q1 \v 10 Na ɛno nti sɛ wɔbɔ Yesu din a, \q2 ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no. \q1 \v 11 Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se, \q2 Yesu Kristo ne Awurade, \q2 de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam. \s1 Nkwagye Ho Adwumayɛ \p \v 12 Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ sɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ, \v 13 efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani. \p \v 14 Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye, \v 15 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron sɛ Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma tɔ no. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro \v 16 wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa. \v 17 Ebia na ɛsɛ sɛ wohwie me mogya gu sɛ afɔrebɔde sɛnea mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔde ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm a me ne mo nyinaa na ebenya saa ahosɛpɛw no. \v 18 Yiw, momma mo ani nnye, sɛnea me nso mʼani agye no. \s1 Wɔsoma Timoteo Ne Epafrodito. \p \v 19 Anidaso a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. \v 20 Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. \v 21 Obiara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho. \v 22 Mo ankasa mudi ho adanse wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abɔ mu adi asɛmpa no ho dwuma. \v 23 Sɛ mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no aba mo nkyɛn. \v 24 Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim sɛ ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn. \p \v 25 Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na odi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo somafo de aboa me no wɔ mo nkyɛn. \v 26 Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw mo nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare. \v 27 Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ wamma manni awerɛhow. \v 28 Me ho peree me yiye sɛ mɛsoma no aba mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye, na me nso mʼawerɛhow to atwa. \v 29 Momfa ahosɛpɛw nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa, \v 30 efisɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no. \c 3 \p \v 1 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnhaw me sɛ meti nsɛm a makyerɛw dedaw no mu. Ɛma mo akwankyerɛ. \s1 Monhwɛ Atoro Akyerɛkyerɛfo Yiye \p \v 2 Monhwɛ nnebɔneyɛfo no a wɔte sɛ akraman a wɔka se twa na ɛsɛ sɛ onipa twa twetia ansa na wanya nkwagye no yiye. \v 3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokware twetiatwa ato mu. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no, na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti yenya ahosɛpɛw. Yɛmmfa yɛn ho nto ɔhonam so. \v 4 Sɛ obi wɔ hɔ a osusuw sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanne so na eye a anka ɛyɛ me. \v 5 Bere a midii nnaawɔtwe pɛ na wotwaa me twetia. Meyɛ Israelni fi mʼawosu mu. Mifi Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifo kronkron no mu. Sɛ wɔka Yudafo mmara sodi ho asɛm nso a, meyɛ Farisini \v 6 a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodi nko na ɛma obi yɛ ɔtreneeni a, ɛno de, na me so nni mfomso biara. \p \v 7 Nanso nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfaso nyinaa no, esiane Kristo nti, ayɛ adehwere. \v 8 Ɛnyɛ ɛno nko, na migye di nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne nti matow biribiara akyene. Mefa ne nyinaa sɛ nneɛma hunu bi, sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka Kristo, \v 9 na mahu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ; pɛyɛ a efi mmara no mu no. Na mmom mehwehwɛ pɛyɛ a efi Kristo mu gyidi ne Onyankopɔn mu a gyidi na ɛyɛ ne fapem. \v 10 Nea merehwehwɛ ara ne sɛ, mehu Kristo na menya ne wusɔre no mu osuahu, na mahu nʼamane no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne wu no mu; \v 11 na mewɔ anidaso sɛ, me nso me wu akyi no, wɔbɛma masɔre afi owu mu. \s1 Botae No Ho Kɔ \p \v 12 Ɛnyɛ sɛ manya eyinom nyinaa dedaw, anaasɛ madu me botae ho dedaw. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa beso nea enti a Kristo Yesu nso soo me mu no mu. \v 13 Anuanom, memfa no sɛ me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho. \v 14 Eyi nti mitu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho. \p \v 15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yenyin wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. \v 16 Nanso nea yɛn nsa aka dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu. \p \v 17 Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa nti muntie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. \v 18 Maka saa asɛm yi akyerɛ mo se, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a owui wɔ asennua no ho no atamfo. \v 19 Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu wɔ ho no ho, na wodwen wiase nneɛma nko ara ho. \v 20 Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi ɔsoro bɛba no. \v 21 Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no sɛ ne de a ɛwɔ anuonyam no. \c 4 \p \v 1 Enti anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asan me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu. \p \v 2 Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu. \v 3 Na wo nso a woka me ho a migye wo di no mepɛ sɛ woboa saa mmea yi, efisɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛw a Klemens ne mʼahokafo bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu no nso ka ho. \p \v 4 Meka ti mu se, daa munnya ahosɛpɛw wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛw mo. \v 5 Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛ Awurade bɛba. \v 6 Mommma biribiara nhaw mo. Daa mo nkotosrɛ ne aseda mpaebɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnu Onyankopɔn anim. \v 7 Na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra ade nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so wɔ Kristo Yesu mu. \p \v 8 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ nea ɛyɛ nokware, nea ɛwɔ anuonyam, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen. \v 9 Nea moasua, na moanya afi me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛe mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoe no bɛka mo ho. \s1 Aseda \p \v 10 Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei de moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokware sɛ modɔ me de, nanso na munnya ho kwan nkyerɛ saa. \v 11 Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me efisɛ me suahu nti, tebea biara a mekɔ mu no nhaw me. \v 12 Minim ohia, nim ahonya; masua saa ahintasɛm yi, enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara. \v 13 Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano. \p \v 14 Eye sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu. \v 15 Mo Filipifo no ankasa nim pefee sɛ bere a mifii Makedonia a na merefi Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyade. \v 16 Mewɔ Tesalonika no, bere biara a biribi ho behia me no, mode brɛ me. \v 17 Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ minya akyɛde na mmom, nhyira a mubenya wɔ mu na na mepɛ sɛ mihu. \v 18 Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛde no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Eyinom te sɛ afɔre huamhuam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ogye, na nʼani sɔ no. \v 19 Me Nyankopɔn fi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo nea ehia mo nyinaa. \p \v 20 Anuonyam nka yɛn Agya Nyankopɔn daa daa. Amen. \b \s1 Nkradi \p \v 21 Mikyia ahotefo no wɔ Kristo Yesu mu. \p Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyia mo. \p \v 22 Ahotefo no nyinaa kyia mo; ne titiriw no, Ɔhempɔn Kaesare fifo. \b \p \v 23 Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen.