\id OBA - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Obadia \toc1 Odiyifo Obadia Nhoma \toc2 Obadia \toc3 Oba \mt2 Odiyifo \mt1 Obadia \mt2 Nhoma \c 1 \s1 Edom Atemmu Ho Nkɔmhyɛ \p \v 1 Anisoadehu a \nd Awurade\nd* Nyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia ni: \q1 Yɛate asɛm a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn. \q2 Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkae se, \q1 “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.” \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* ka kyerɛ Edom se: \q1 “Hwɛ, mɛbrɛ wo ase. \q2 Mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu, \q2 na wɔabu wo animtiaa. \q1 \v 3 Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, \q2 Wo a wote abotan ntokuru mu \q1 na woayɛ wʼatenae wɔ mmepɔw so, \q2 na woka kyerɛ wo ho se, \q2 ‘Hena na obetumi ayi me asi fam?’ \q1 \v 4 Sɛ wutu kɔ wim sɛ akɔre,\f + \fr 1.4 \fr*\ft Ɔkɔre. Anomaa a obu ne ho sɛ ɔhene na ɔwɔ ahoɔden a otumi de tu kɔ akyirikyiri na otumi hu ade kann nso. (\+xt 5 Mose 28.49; Yes 40.31; Yer 4.13; 49.22; Hes 17.3\+xt*).\ft*\f* \q1 na woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma ntam mpo a, \q2 hɔ na mɛba abɛtwe wo adwira fam.” \q1 Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 \v 5 “Sɛ akorɔmfo ba wo so, \q2 anaa adwowtwafo ba wo so anadwo a, \q1 atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? \q2 Na wɔrennwia wo nneɛma dodow a wɔpɛ ana? \q1 Sɛ bobe abatewfo ba wo so a, \q2 ɛnyɛ bobe aba kakraa bi pɛ na wobegyaw ama wo ana? \q1 \v 6 Na wo Esau de, wobewia wʼademude \q2 a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso. \q1 \v 7 Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa \q2 bedi wo huammɔ. \q1 Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ \q2 wo ne wɔn te asomdwoe mu no \q1 bɛdaadaa wo adi wo so, \q2 wɔn a wodi wʼaduan no asum wo afiri, \q2 nanso, wunhui. \b \q1 \v 8 “Saa da no,” \nd Awurade\nd* na ose, \q2 “Merensɛe anyansafo a wɔwɔ Edom ana, \q1 mmarima a wɔte asɛm ase \q2 a wɔwɔ Esau mmepɔw so ana? \q1 \v 9 Teman\f + \fr 1.9 \fr*\ft Teman: Teman kyerɛ Edom nyinaa sɛnea Yeremia ka wɔ 49.7, 20. Teman nkyerɛase yɛ “anafo.” Saa din yi tumi yɛ Edom a ɛyɛ anafo asase. Ebinom nso kyerɛ Teman ase se Tawilan a ɛda borɔfokwansin abiɛsa wɔ Petra apuei fam.\ft*\f* wʼakofo bɛbɔ hu \q1 ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔw so no, \q2 wobetwitwa mo atɔre mo ase. \q1 \v 10 Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no nti \q1 aniwu bɛka wo, \q2 na wɔbɛsɛe wo koraa. \q1 \v 11 Da a wugyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, \q1 maa ananafo faa nʼahonyade kɔe \q2 na ahɔho hyɛn ne kurow apon mu, \q1 na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, \q2 na wote sɛ wɔn mu baako. \q1 \v 12 Anka ɛnsɛ sɛ wubu wo nua animtiaa \q2 bere a ɔwɔ asiane mu, \q1 anaa sɛ wudi ahurusi wɔ Yudafo so \q2 bere a wɔwɔ ɔsɛe mu, \q1 na mpo wohoahoa wo ho \q2 bere a wɔwɔ ahohia mu no. \q1 \v 13 Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ \q2 hyɛn me nkurɔfo kurow apon no mu \q1 wɔ wɔn amanehunuda, \q1 anka ɛnsɛ sɛ woserew wɔ bere a \q2 wɔwɔ ɔhaw mu. \q1 Afei nso anka ɛnsɛ sɛ \q2 wode wo nsa to wɔn ahode so gye \q2 wɔ bere a wɔwɔ amanehunu mu. \q1 \v 14 Anka ɛnsɛ sɛ wotɛw wɔn nkwantanan so \q2 kunkum nʼaguanfo \q1 Na wuyi wɔn a aka no ma \q2 wɔ wɔn amanehunuda no mu. \b \q1 \v 15 “\nd Awurade\nd* da no abɛn \q2 ama amanaman nyinaa. \q1 Na hwɛ, Edom, sɛnea woyɛɛ no \q2 saa ara na wɔbɛyɛ wo. \q1 Wo nneyɛe bɛsan abegu wʼapampam. \q1 \v 16 Sɛnea mononom nsã wɔ me bepɔw kronkron so no, \q1 saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, \q2 saa ara na ɛbɛkɔ so da biara \q2 na wɔbɛyɛ te sɛ nea wonni hɔ. \q1 \v 17 Na ogye bɛba Sion bepɔw so \q2 na ɛbɛyɛ kronkronbea, \q1 na Yakob nsa \q2 bɛsan aka nʼagyapade. \q1 \v 18 Yakob bɛyɛ ogya \q2 na Yosef ayɛ ogyatannaa; \q1 Esau bɛyɛ adehunu bi \q2 na wɔde no bɛto ogya so ahyew no a \q1 obiara renka wɔ Esau ase.” \q2 Nea \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 19 Nkurɔfo a wofi Negeb no \q2 bɛtena Esau mmepɔw so, \q1 Na wɔn a wofi nkoko no ase no, \q2 bɛfa Filisti asase no, \q1 na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuw atena so, \q2 na Benyamin nso afa Gilead. \q1 \v 20 Nnipakuw yi a wɔyɛ Israelfo a wotwaa wɔn asu kɔɔ Kanaan no \q2 bɛfa Kanaan asase no akosi Sarefat; \q1 na Yerusalemfo a wotwaa wɔn asu a \q2 wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkurow no adi so. \q1 \v 21 Agyefo bɛkɔ Sion bepɔw so, \q2 akodi Edom mmepɔw no so. \q2 Na ahenni no bɛyɛ \nd Awurade\nd* de!