\id NEH - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Nehemia \toc1 Nehemia Nhoma \toc2 Nehemia \toc3 Neh \mt1 Nehemia Nhoma \c 1 \p \v 1 Hakalia babarima Nehemia nsɛm ni: \b \b \p Ɔsram Kislev (bɛyɛ Obubuo) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu. \v 2 Me nuanom mmarima mu ɔbaako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wofi Yuda ba bɛsraa me. Mibisaa wɔn Yudafo a nkae ne wɔn a wɔafi nnommum mu aba no ne Yerusalem ho asɛm. \p \v 3 Wɔka kyerɛɛ me se, “Nneɛma nkɔ yiye mma wɔn a wɔsan kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛse ne animguase aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem fasu no agu fam, na wɔahyew apon no nso.” \p \v 4 Bere a metee eyinom no, metenaa ase sui. Nokware, mitwaa agyaadwo nna bi, bua dae, bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae. \v 5 Afei, mekae se, \pm “\nd Awurade\nd*, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛse na ɔyɛ ɔnwonwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokware dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no, \v 6 tie me mpaebɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpae ma Israelfo anadwo ne awia. Mepae mu ka se, yɛayɛ bɔne atia wo. Yiw, mpo, me ara me fifo ne mʼankasa ayɛ bɔne! \v 7 Yɛayɛ bɔne kɛse sɛ yɛanni wo mmara nsɛm, wo mmara, ne wʼahyɛde a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so. \pm \v 8 “Mesrɛ sɛ, kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose se, ‘Sɛ moyɛ bɔne a, mɛtetew mo mu akɔ amanaman so. \v 9 Na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mudi me mmara nsɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asu akɔ asase ano nohɔ koraa a, mede mo bɛsan aba faako a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din anuonyam no.’ \pm \v 10 “Yɛyɛ wʼasomfo, nnipa a wonam wo tumi kɛse so gyee yɛn no. \v 11 \nd Awurade\nd*, mesrɛ wo, tie me mpaebɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo anuonyam no mpaebɔ. Mesrɛ sɛ, ma ensi me yiye, bere a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔsrɛ no adom bi yi. Fa hyɛ ne koma mu, na ɔnyɛ me adɔe.” \p Na meyɛ ɔhene nsahyɛni. \c 2 \s1 Nehemia Kɔ Yerusalem \p \v 1 Nisan ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. De besi saa bere no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da, \v 2 enti ɔhene no bisaa me se, “Adɛn nti na wʼanim ayɛ bosaa nanso wonyare yi? Wosɛ obi a ɔhaw kɛse bi da ne so.” \p Ehu kɛse tɔɔ me so, \v 3 nanso mibuae se, “Ɔhene nkwa so! Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ me werɛ how? Kuropɔn a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no abubu, na wɔahyew nʼapon no nyinaa.” \p \v 4 Ɔhene no bisae se, “Dɛn na wohwehwɛ?” \p Na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae, \v 5 buae se, “Sɛ ɛsɔ Ɔhempɔn ani, na sɛ me, wo somfo, mesɔ wʼani a, ɛno de ma menkɔ Yuda nkosiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.” \p \v 6 Bere a ɔhemmea te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisae se, “Wokɔ a, wubedi nna ahe? Da bɛn na wobɛsan aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mesi mu. \p \v 7 Afei, meka kyerɛɛ ɔhene se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a ma me nkrataa nkɔma amradofo a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate agya no, na wɔmma me kwan mma memfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda. \v 8 Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so. \p \v 9 Miduu amradofo a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Nea ɛka ho ne sɛ, ɔhene maa asraafo ne apɔnkɔsotefo kaa me ho bɔɔ me ho ban. \v 10 Nanso Haronini Sanbalat\f + \fr 2.10 \fr*\ft Na Sanbalat yɛ amrado wɔ Samaria.\ft*\f* ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanyimfo tee sɛ mabedu no, wɔn bo fuw yiye sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel. \s1 Nehemia Kɔhwɛ Yerusalem Ɔfasu No \p \v 11 Miduu Yerusalem nnansa akyi no, \v 12 mefaa nnipa kakraa bi kaa me ho, fii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛe a Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afurum a mete ne so no nko. \p \v 13 Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon\f + \fr 2.13 \fr*\ft Sumina Pon no mu na na Yudafo de mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre no fa kɔ Ben-Heinnom subon mu (\+xt 3.13-14; 2 Ah 23.10\+xt*).\ft*\f* no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no. \v 14 Afei, mefaa Asuti Pon no ho kosii Ɔhene Abura no ho, nanso na ɔkwan turodoo nni hɔ ma mʼafurum no. \v 15 Enti mefaa Kidron Bon no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasu no ansa na meresan abɛfa Obon Pon no mu bio. \v 16 Na kuropɔn no mu mpanyimfo nnim sɛ makɔ hɔ, na wonnim nea mereyɛ nso, efisɛ na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara ɛ. Na me ne asɔre mpanyimfo, amanyɛ ntuanofo, adwumayɛfo anaa mmapɔmma no mu biara nkasaa ɛ. \p \v 17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!” \v 18 Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn. \p Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase. \p \v 19 Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?” \p \v 20 Na mibuae se, “Ɔsoro Nyankopɔn bɛboa yɛn ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfo befi ase ato ɔfasu yi bio. Nanso mo de munni kyɛfa biara wɔ Yerusalem.” \c 3 \s1 Wɔto Yerusalem Ɔfasu No Bio \p \v 1 Afei, ɔsɔfopanyin Eliasib ne asɔfo bi fii ase too ɔfasu no fii Nguan Pon no. Wodwiraa ho, sisii nʼapon, de kosii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no. \v 2 Nnipa a wofi Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma wɔ hɔ, na Imri babarima Sakur dii so. \b \p \v 3 Hasenaa mmabarima na wosii Mpataa Pon no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no, de nkyerewa ne adaban hyehyɛɛ mmeae a ehia. \v 4 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena na osiesiee ɔfasu no fa a edi hɔ no. Nʼaboafo ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nena na afei Baana babarima Sadok. \v 5 Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa. \b \p \v 6 Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wosiesiee Kuropɔn Dedaw Pon no. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no de nkyerewa ne adaban bobɔɔ mu. \v 7 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Melatia a ofi Gibeon, Yadon a ofi Meronot ne nnipa a wofi Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no atenae. \v 8 Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfo no na odi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasu no ho. Hanania a ɔyɛ aduhuamyɛfo no na odi so. Wogyaw Yerusalem fa bi a ekosi Ɔfasu Tɛtrɛɛ no. \p \v 9 Nea odi so yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansin fa bi ano no no, babarima Refaia. \v 10 Nea odi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a osiesiee ɔfasu no fa bi a ɛbɛn ne fi, na nea odi ne so ne Hasabnia babarima Hatus. \v 11 Nea odi so ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wosiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasu no fa bi ho. \v 12 Halohes babarima Salum ne ne mmabea na wosiesiee ɔfa a edi hɔ no. Ɔno na na otua Yerusalem mansin fa a aka no ano. \b \p \v 13 Sanoafo a Hanun da wɔn ano no na wosiesiee Obon Pon no, sisii nʼapon, de nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, wosiesiee ɔfasu no anammɔn apem ne ahannum de kosii Sumina Pon no. \b \p \v 14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no. \b \p \v 15 Kol-Hose babarima Salum a na otua Mispa mansin ano no na osiesiee Asuti Pon no. Osiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapon na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, osiesiee Siloam abura ho fasu a ɛbɛn ɔhene mfikyifuw no. Ɔsan too ɔfasu no kosii atrapoe a esian fi Dawid kuropɔn mu no. \v 16 Nea ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na otua Bet-Sur\f + \fr 3.16 \fr*\ft Bet-Sur yɛ tete Dawid ahowɛmfo atenae. (\+xt 2 Sam 23.8-39\+xt*)\ft*\f* mansin fa ano no. Ɔtoo ɔfasu no kosii faako a na ɛne adehye amusiei no di nhwɛanim, kosi nsukorae no so ne Dɔmmarima Fi. \p \v 17 Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifo kuw a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a na ɔyɛ Keila mansin fa ntuanoni no na osii nʼankasa mansin anan mu hwɛɛ fasu no si so. \v 18 Wɔn a wodi so yɛ ɔno ara ne manfo a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na otua Keila mansin fa no ano. \v 19 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a otua Mispa ano no. Wosiesiee ɔfasu no fa bi a ɛne akode adekoradan fapem di nhwɛanim no. \v 20 Onipa a odi so ne Sabai babarima Baruk a osiesiee fa bi fi fapem no, de kosii ɔsɔfopanyin Eliasib fi pon no ano. \v 21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena nso, siesiee ɔfasu no fa bi fi faako a ɛne Eliasib fi pon di nhwɛanim no, de kosii ofi no nkyɛn baabi. \p \v 22 Afei, asɔfo a wofifi amantam a atwa hɔ ahyia na wodi so. \v 23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no. \v 24 Nea odi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a osiesiee ɔfasu no fa bi a efi Asaria fi kosi fapem no ntwea so hɔ. \v 25 Usai babarima Palal toaa adwuma no so fii faako a ɛne fapem no ne ntwea so hɔ no di nhwɛanim, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfi a ɛbɛn awɛmfo no adiwo no. Nea odi ne so yɛ Paros babarima Pedaia, \v 26 ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no. \v 27 Afei, Tekoafo nso toaa so. Wobesiesiee ɔfa foforo bi a ɛne abantenten kɛse a eyi ne ho adi no ntentenso kosi Ofel fasu no. \b \p \v 28 Asɔfo no nso siesiee ɔfasu no a ɛwɔ koko so na ɛtoa Apɔnkɔ Pon no so no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fi di nhwɛanim. \v 29 Nea odi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. Nea ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apuei pon ano hwɛfo no. \v 30 Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔto so asia no siesiee ɔfasu no fa bi, na Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. \v 31 Malkia a ɔyɛ sikadwumfo no mu baako siesiee ɔfasu no kosii Asɔredan mu asomfo ne aguadifo fi a Bagua Pon no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kosii abansoro a ɛwɔ twea so hɔ no. \v 32 Sikadwumfo a wɔaka no ne aguadifo no siesiee ɔfasu no fii saa twea so hɔ de kosii Nguan Pon no ano. \c 4 \s1 Atamfo Tia Nsiesie No \p \v 1 Bere a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no, ne bo fuw yiye. Nʼani beree yiye, dii Yudafo no ho fɛw, \v 2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafo mpanyimfo anim se, “Dɛn na Yudafo ahiafo, mmɔborɔfokuw yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wogye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔre sɛ dɛn koraa a, wobetumi de da koro ato ɔfasu yi ana? Monhwɛ abo a ahyew asɛe yi a wɔreyiyi afi afabo yi mu de ayɛ adwuma bio?” \p \v 3 Na Amonni Tobia a na ogyina ne nkyɛn kae se, “Saa abo fasu yi de, sɛ sakraman koraa fa so a, ebedwiriw agu fam!” \b \p \v 4 Na mebɔɔ mpae se, “Yɛn Nyankopɔn, tie yɛn, na wɔredi yɛn ho fɛw. Ma wɔn fɛwdi no mmɔ wɔn ara wɔn ti so, na ma wɔn ankasa nkɔyɛ nnommum wɔ ananafo asase so. \v 5 Mmu wʼani ngu wɔn afɔdi so. Mpepa wɔn bɔne, efisɛ wɔahyɛ wo abufuw wɔ adansifo yi anim.” \b \p \v 6 Eyi nyinaa akyi no, wɔtoo ɔfasu no kosii dedaw no sorokɔ fa twaa kurow no ho hyiae, efisɛ ɔmanfo no yɛɛ adwumaden. \p \v 7 Na bere a Sanbalat ne Tobia ne Arabfo ne Amonfo ne Asdodfo tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasu no mu atokuru no, wɔn bo fuw yiye. \v 8 Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ. \v 9 Nanso yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, wɛn kurow no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban. \p \v 10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no fii ase nwiinwii kae se, “Adwumayɛfo no rebrɛ, na afabo no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.” \p \v 11 Bere koro no ara mu no na yɛn atamfo nso reka se, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛatow ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awiei.” \p \v 12 Yudafo a na wɔte bɛn atamfo no bɛbɔɔ yɛn amanneɛ mpɛn bebree se, “Wobefi afanan nyinaa abɛtow ahyɛ yɛn so.” \p \v 13 Enti mede awɛmfo a wokura akode kɔtenaa baabi a ɔfasu no yɛ tia, wɔ mmeaemmeae a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuw no gyinagyinaa sɛ awɛmfo a, wokurakura afoa, mpeaw ne agyan. \v 14 Mehwɛɛ sɛnea nneɛma te no, mefrɛɛ ntuanofo no ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro atamfo no! Monkae \nd Awurade\nd* a ɔyɛ ɔkɛse ne onuonyamfo no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afi.” \p \v 15 Bere a yɛn atamfo tee sɛ yɛahu wɔn atirimpɔw ne sɛnea Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔw no, yɛn nyinaa san kɔɔ ɔfasu no ho kɔtoaa yɛn adwuma so. \p \v 16 Na efi saa bere no, me mmarima no dodow mu fa pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na nkae no wɛn hɔ a wokurakura mpeaw, nkatabo, agyan, hyehyɛɛ akotade wɛn hɔ. Mpanyimfo no gyinagyinaa Yudafo no a \v 17 na wɔreto ɔfasu no akyi. Apaafo no biara de ne nsa baako yɛɛ adwuma bere a nsa baako nso kura akode mu, \v 18 na adansifo no mu biara wɔ afoa a ɛbɔ nʼataaso. Torobɛntohyɛnni no gyinaa me nkyɛn, na biribi si a, wahyɛn nʼabɛn. \p \v 19 Afei, mekyerɛɛ mu kyerɛɛ atitiriw ne adwumayɛfo ne ɔmanfo no nyinaa se, “Adwuma no atrɛw, na yɛn ntam nso woware wɔ ɔfasu no so. \v 20 Na sɛ mote torobɛnto no nnyigyei a, monyɛ ntɛm nkɔ baabi a nnyigyei no wɔ. Na yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn.” \p \v 21 Yɛkɔɔ adwuma ntɛm tenaa so kyɛe fi bere a owia pue kosi bere a owia kɔtɔ. Na bere biara na nnipa no mu fa rewɛn. \v 22 Saa bere no meka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasu no akyi no nso se, “Obiara ne ne boafo ntu nkɔ Yerusalem anadwo na ama wɔatumi awɛn anadwo, na wɔayɛ adwuma awia.” \v 23 Saa bere no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fifo anaa mʼasomfo anaa awɛmfo a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔw ne ntade da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsu mpo a na yekurakura yɛn akode. \c 5 \s1 Nehemia Di Ma Ahiafo No \p \v 1 Saa bere no mmarima no bi ne wɔn yerenom nwiinwii tiaa wɔn mfɛfo Yudafo no. \v 2 Wɔkae se, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yehia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduan adi anya ahoɔden.” \p \v 3 Afoforo nso kae se, “Yɛde yɛn mfuw, bobe nturo ne yɛn afi asisi awowa sɛnea yebenya aduan wɔ ɔkɔm bere mu.” \p \v 4 Afoforo nso kae se, “Yɛabɔ bosea a ɛne yɛn mfuw ne bobeturo bo yɛ pɛ de atua yɛn sonkahiri. \v 5 Yefi abusua koro mu, na yɛn mma te sɛ wɔn de. Nanso ɛsɛ sɛ yɛtɔn yɛn mma, de wɔn kɔ nkoasom mu ansa na yenya sika de ahwɛ yɛn ho. Yɛatɔn yɛn mmabea bi dedaw, na yentumi nyɛ ho hwee, efisɛ yɛde yɛn mfuw ne bobeturo asisi awowa ama afoforo.” \p \v 6 Metee wɔn anwiinwii no, me bo fuw yiye. \v 7 Medwenee saa asɛm no ho, na mekasa tiaa atitiriw ne adwumayɛfo no. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Monam nsiho a mugye fi mo ara mo nkurɔfo bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfo nhyiamu kaa ho asɛm. \v 8 Nhyiamu no ase no, meka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebetumi agye yɛn abusuafo Yudafo a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔho abosonsomfo no. Nanso moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Da biara na ɛsɛ sɛ yegye wɔn ana?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano. \p \v 9 Afei, mekɔɔ so kae se, “Nea moreyɛ no nye. Ɛsɛ sɛ monantew Onyamesuro mu, sɛnea atamfo aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aserewde. \v 10 Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfo bɔ ɔmanfo no sika ne atoko bosea, nanso afei momma yennyae boseabɔ no. \v 11 Nnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuw, bobeturo, ngodua mfuw ne wɔn afi ma wɔn. Muntua nsiho a mugyee wɔn wɔ sika, atoko, nsa ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no mma wɔn.” \p \v 12 Na wobuae se, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfi nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ nea woka no.” \p Afei, mefrɛɛ asɔfo no, na memaa atitiriw no ne adwumayɛfo no kaa ntam sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so. \v 13 Meporow me batakari mu mu kae se, “Sɛ mubu bɔ a moahyɛ no so a, Onyankopɔn mporow mo mfi mo afi mu ne mo agyapade ho!” \p Bagua no gyee so se, “Amen.” Na wɔkamfoo \nd Awurade\nd*. Na nnipa no dii wɔn bɔhyɛ so. \p \v 14 Bio, mfe dumien a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahenni mfe aduonu kosi mfe aduasa abien so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfo nnyee yɛn akɔnhamabɔde da. \v 15 Eyi ne nsonoe kɛse a ɛda yɛne amradofo a wodii kan no ntam, efisɛ wɔde asodi kɛse too ɔmanfo no so. Na daa wogye nnuan ne nsa ka dwetɛ a ɛkari gram ahannan ne aduosia (460) ho fi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafo faa ho didii ɔmanfo no ho. Nanso esiane suro a na misuro Onyankopɔn no nti, mamfa saa kwan no so. \v 16 Mikum me ho maa ɔfasu no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ menya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfo nyinaa de wɔn bere bɛyɛ adwuma wɔ fasu no ho. \p \v 17 Mammisa hwee, nso na bere biara mema Yudafo adwumayɛfo ɔha aduonum didi wɔ me didipon so a, ahɔho a wofifi nsase foforo so no nka ho. \v 18 Nneɛma a na ɛho hia me da biara a ɛyɛ mʼankasa me ka no yɛ nantwi baako, nguan akɛse asia ne nkokɔ bebree. Na nnafua du biara, na ɛsɛ sɛ yenya nsa ahorow nyinaa bi. Nanso mannye amrado akɔnhamabɔde biara, efisɛ na ɔmanfo no wɔ ahokyere mu dedaw. \p \v 19 Me Nyankopɔn, kae nea mayɛ ama nnipa yi, na hyira me. \c 6 \s1 Wɔkɔ So Ko Tia Asiesie No \p \v 1 Bere a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfo nkae no huu sɛ masiesie ɔfasu no awie a ɔkwan biara nneda ntam; nanso saa bere no na minsisii apon no, \v 2 Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me se, minhyia wɔn wɔ nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tataw so hɔ. Nanso mihuu sɛ wɔrepam me ti so, \v 3 enti memaa wɔn mmuae se, “Mereyɛ adwuma kɛse bi a merentumi nnyae mmehyia mo.” \v 4 Wɔmaa me saa nkra no mpɛn anan. Ne nyinaa mu no, memaa mmuae koro no ara. \p \v 5 Ne mpɛn anum so no, Sanbalat somfo bae no na okura krataa a wɔakyerɛw. \v 6 Na krataa no mu nsɛm ni: \pm “Gesem aka akyerɛ me se, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafo no repam atew atua; ɛno nti na woresiesie ɔfasu no. Nea ɛka ho ne sɛ, wopɛ sɛ wubedi wɔn so hene, \v 7 na mpo, woayi adiyifo bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem se, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wugye to mu sɛ, saa asɛm yi beduu ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.” \p \v 8 Mibuae se, “Wunim sɛ woretwa atoro. Asɛm a woreka no, nokware baako koraa nni mu.” \p \v 9 Huna na na wɔpɛ sɛ wohunahuna yɛn. Na wususuw sɛ wobetumi abu yɛn aba mu na yegyae adwuma no yɛ. Ɛno nti, mebɔɔ mpae sɛ menya ahoɔden de atoa dwumadi no so. \p \v 10 Akyiri no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nena Semaia a ɔhyɛ ne fi na ɔnkɔ baabiara no. Ɔkae se, “Ma yenhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apon no akyi. Wʼatamfo reba abekum wo anadwo yi.” \p \v 11 Na mibuae se, “Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me guan amanehunu ana? Enti ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akohintaw Asɔredan mu de apere me nkwa ana? Dabi, merenyɛ saa!” \v 12 Mihuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛe no tia me, efisɛ Tobia ne Sanbalat abɔ no paa. \v 13 Na wosusuw sɛ wobehunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me sobo, asɛe me din. \b \p \v 14 Me Nyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifobea Noadia ne adiyifo a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛe sɛ wohunahuna me no. \s1 Adansifo No Wie Ɔfasu No To \p \v 15 Enti Elul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so abien no, wowiee ɔfasu no asiesie, nnafua aduonum abien a wofii dwumadi no ase no mu. \v 16 Bere a yɛn atamfo ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia tee no, wosuroe, na ɛma wɔbotowee. Wohuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no. \p \v 17 Saa nnafua aduonum abien no mu no, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfo no ntam. \v 18 Efisɛ na Yudafo bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babea. \v 19 Wɔkɔɔ so kaa sɛnea Tobia ho yɛ nwonwa fa no kyerɛɛ me, na wɔkaa biribiara a mekae nso kyerɛɛ no. Na Tobia de ahunahuna nkrataa bebree brɛɛ me. \c 7 \p \v 1 Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo. \v 2 Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree. \v 3 Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.” \s1 Nehemia Kyerɛw Nnipa No Din \p \v 4 Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu. \v 5 Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni: \b \li4 \v 6 Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. \v 7 Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. \b \li4 Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni: \tr \tc1 \v 8 Abusuafo dodow ni: \tr \tc1 Paros asefo \tcr2 2,172 \tr \tc1 \v 9 Sefatia asefo \tcr2 372 \tr \tc1 \v 10 Arah asefo \tcr2 652 \tr \tc1 \v 11 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo \tcr2 2,818 \tr \tc1 \v 12 Elam asefo \tcr2 1,254 \tr \tc1 \v 13 Satu asefo \tcr2 845 \tr \tc1 \v 14 Sakai asefo \tcr2 760 \tr \tc1 \v 15 Binui asefo \tcr2 648 \tr \tc1 \v 16 Bebai asefo \tcr2 628 \tr \tc1 \v 17 Asgad asefo \tcr2 2,322 \tr \tc1 \v 18 Adonikam asefo \tcr2 667 \tr \tc1 \v 19 Bigwai asefo \tcr2 2,067 \tr \tc1 \v 20 Adin asefo \tcr2 655 \tr \tc1 \v 21 Ater (Hesekia) asefo \tcr2 98 \tr \tc1 \v 22 Hasum asefo \tcr2 328 \tr \tc1 \v 23 Besai asefo \tcr2 324 \tr \tc1 \v 24 Harif asefo \tcr2 112 \tr \tc1 \v 25 Gibeon asefo \tcr2 95 \tr \tc1 \v 26 Mmarima dodow a wofi \tr \tc1 Betlehem ne Netofa \tcr2 188 \tr \tc1 \v 27 Anatot \tcr2 128 \tr \tc1 \v 28 Bet-Asmawet \tcr2 42 \tr \tc1 \v 29 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot \tcr2 743 \tr \tc1 \v 30 Rama ne Geba \tcr2 621 \tr \tc1 \v 31 Mikmas \tcr2 122 \tr \tc1 \v 32 Bet-El ne Ai \tcr2 123 \tr \tc1 \v 33 Nebo \tcr2 52 \tr \tc1 \v 34 Elam \tcr2 1,254 \tr \tc1 \v 35 Harim \tcr2 320 \tr \tc1 \v 36 Yeriko \tcr2 345 \tr \tc1 \v 37 Lod, Hadid ne Ono \tcr2 721 \tr \tc1 \v 38 Senaa \tcr2 3,930 \b \li4 \v 39 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: \tr \tc1 Yedaia asefo (Yesua fifo mu no) \tcr2 973 \tr \tc1 \v 40 Imer asefo \tcr2 1,052 \tr \tc1 \v 41 Pashur asefo \tcr2 1,247 \tr \tc1 \v 42 Harim asefo \tcr2 1,017 \b \li4 \v 43 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: \tr \tc1 Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo \tcr2 74 \b \li4 \v 44 Nnwontofo: \tr \tc1 Asaf asefo \tcr2 148 \b \li4 \v 45 Asɔredan Aponanohwɛfo: \tr \tc1 Salum, Ater, Talmon asefo, \tr \tc1 Akub, Hatita ne Sobai asefo \tcr2 138 \b \li4 \v 46 Asɔredan mu asomfo: \tr \tc1 Siha, Hasufa, Tabaot asefo, \tr \tc1 \v 47 Keros, Siaha, Padon asefo, \tr \tc1 \v 48 Lebana, Hagaba, Salmai asefo, \tr \tc1 \v 49 Hanan, Gidel, Gahar asefo, \tr \tc1 \v 50 Reaia, Resin, Nekoda asefo, \tr \tc1 \v 51 Gasam, Usa, Paseah asefo, \tr \tc1 \v 52 Besai, Meunim, Nefusim asefo, \tr \tc1 \v 53 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo, \tr \tc1 \v 54 Baslit, Mehida, Harsa asefo \tr \tc1 \v 55 Barkos, Sisera, Tema asefo \tr \tc1 \v 56 Nesia ne Hatifa asefo, \li4 \v 57 Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni: \tr \tc1 Sotai, Soferet, Perida asefo, \tr \tc1 \v 58 Yaala, Darkon, Gidel asefo, \tr \tc1 \v 59 Sefatia, Hatil, \tr \tc1 Pokeret-Hasebaim ne Amon asefo, \tr \tc1 \v 60 Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ \tcr2 392 \b \li4 \v 61 Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel: \tr \tc1 \v 62 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ \tcr2 642 \b \li4 \v 63 Asɔfo baasa a wɔn din de \li1 Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.) \li4 \v 64 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. \v 65 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa \nd Awurade\nd*. \b \li4 \v 66 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), \v 67 a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum (245) ka ho. \v 68 Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia (736), funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum (245). \v 69 Yoma ahannan ne aduasa anum (435) ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu (6,720) kaa wɔn ho. \b \pm \v 70 Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530). \v 71 Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no. \v 72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67). \pm \v 73 Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so. \s1 Ɛsra Kenkan Mmara No \p Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no, \c 8 \nb \v 1 ɔmanfo no nyinaa hyiaa wɔ wɔn Asuten Pon no ano. Ɔmanfo no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no se ɔnkenkan Mose mmara a \nd Awurade\nd* ahyɛ sɛ Israelfo nni so no. \v 2 Enti ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so awotwe no, ɔsɔfo Ɛsra de krataa mmobɔwee a mmara no wɔ mu no baa bagua a mmarima ne mmea ne wɔn a wotumi te asɛm ase no nyinaa no anim. \v 3 Ɔde nʼani kyerɛɛ aguabɔbea wɔ Asuten Pon no ano, fi anɔpahema kosii owigyinae kenkan mmara no den, maa obiara a ɔte ase no tee. Ɔmanfo no nyinaa wɛn wɔn aso tiee mmara no. \p \v 4 Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no gyinaa apa tenten bi a wosi maa saa da no so. Nnipa a na wogyinagyina ne nifa so no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wogyinagyina ne benkum so no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam. \p \v 5 Ɛsra gyinaa apa no so a nnipadɔm no nyinaa hu no. Bere a wohuu sɛ wabue nhoma no mu no, wɔn nyinaa sɔresɔre gyinaa wɔn anan so. \v 6 Na Ɛsra kamfoo \nd Awurade\nd*, Otumfo Nyankopɔn, na ɔmanfo no bɔ gyee so se, “Amen! Amen!” bere a na wɔmemamema wɔn nsa so akyerɛɛ soro. Afei, wɔkotokotow, som \nd Awurade\nd* a wɔn anim butubutuw fam. \p \v 7 Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina hɔ no nea wɔnyɛ. \v 8 Wɔkenkan fii Onyankopɔn mmara nhoma no mu kyerɛɛ wɔn nea wɔkenkanee no ase, boaa ɔmanfo no ma wɔtee ɔkasapɛn biara ase. \p \v 9 Na amrado Nehemia, ɔsɔfo Ɛsra a na ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo ne Lewifo a na wɔrekyerɛkyerɛ ase akyerɛ ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu da a ɛte sɛɛ yi! Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa sui. \p \v 10 Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuan pa ne anonne a ɛyɛ dɛ nkodi afahyɛ no na mo ne wɔn a wonni nnuan pa a wɔanoa no nnidi. Nnɛ yɛ da kronkron wɔ \nd Awurade\nd* anim. Munnni abooboo ne awerɛhow, na Awurade mu anigye no yɛ ahoɔden.” \p \v 11 Na Lewifo no nso kasae se, “Hwɛ! Munnsu. Efisɛ nnɛ yɛ da kronkron” de dwudwoo wɔn. \p \v 12 Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase. \p \v 13 Na ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so akron no, mmusua ntuanofo no ne asɔfo no ne Lewifo no ne Ɛsra hyiae sɛ, wɔrehwehwɛ mmara no mu fekɔfekɔ. \v 14 Wɔkɔɔ mmara no mu no, wohuu sɛ \nd Awurade\nd* nam Mose so ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Israelfo no tena asese mu afahyɛ a wɔrebedi no saa ɔsram no mu no. \v 15 Waka se, ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔhyɛ no ho dawuru wɔ wɔn nkurow nyinaa so, ne titirw no, Yerusalem nam so aka akyerɛ ɔmanfo no se, wɔnkɔ nkoko so nkɔhwehwɛ ngodua mman, kranku mman, ohuamnnua mman, bere ne nnua kusukusuu mman, na wɔmfa mmɛbobɔ asese ntena mu, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no. \p \v 16 Enti nnipa no kotwitwaa nnua mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afi, wɔn adiwo, Onyankopɔn asɔredan adiwo anaa aguabɔbea a ɛwowɔ Asuten Pon no ne Efraim Pon no mu. \v 17 Enti obiara a wafi afiasenna mu aba no kɔtenaa saa asese yi mu wɔ afahyɛbere no mu nnanson; na obiara ani gyee yiye. Efi Nun babarima Yosua bere so no, na Israelfo nnii afahyɛ no wɔ saa kwan yi so da. \p \v 18 Ɛsra de nnanson kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no wɔ afahyɛ no ase da biara, efi da a edi kan de kosi da a etwa to. Afei, Tisri ɔsram (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no. \c 9 \s1 Israel Ka Wɔn Bɔne \p \v 1 Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so aduasa baako no, ɔmanfo no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, furaa atweaatam, tuu mfutuma petee wɔn tirim. \v 2 Bere a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfo no twee wɔn ho fii ananafo nyinaa ho. \v 3 Wɔkenkan \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn, mmara nhoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew abiɛsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwerew abiɛsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisonnidiso a na wɔresom \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn. \v 4 Na Lewifo no bi gyina atrapoe so reteɛ mu frɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani. \v 5 Afei, Lewifo ntuanofo a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teɛɛ mu frɛɛ ɔmanfo no se, “Monsɔre nkamfo \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔte hɔ afebɔɔ!” \pm Wɔtoaa so se, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sen sɛnea yebetumi adwene anaa yɛbɛka. \v 6 Wo nko ara ne \nd Awurade\nd*. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu soro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfo nyinaa som wo. \pm \v 7 “Woyɛ \nd Awurade\nd* Nyankopɔn a wuyii Abram fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so, san too no din Abraham. \v 8 Odii wo nokware no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfo, Hetifo, Perisifo Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma ɔne nʼasefo. Na wudii wo bɔhyɛ so, efisɛ daa wudi wʼasɛm so. \pm \v 9 “Wuhuu amane ne awerɛhow a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su fi Po Kɔkɔɔ no ho. \v 10 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade kyerɛɛ Farao, nʼasomfo ne ne manfo nyinaa, efisɛ na wunim nhyɛso kwan a na Misraimfo no de wɔn fa so. Wowɔ anuonyam a ahyeta a ani mpa so da. \v 11 Wopaee po mu maa wo nkurɔfo, sɛnea wobetumi afa asase wosee so. Na wusum wɔn atamfo guu po bun mu. Wɔmemem sɛ abo wɔ bun a emu dɔ no ase. \v 12 Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛnea wobehu kwan. \pm \v 13 “Wusian bepɔw Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn fi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛde a ɛyɛ nokware brɛɛ wɔn. \v 14 Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo somfo Mose so hyɛɛ wɔn sɛnea wonsi nni wʼahyɛde ne wo mmara no nyinaa so. \v 15 Bere a ɔkɔm dee wɔn no, womaa wɔn brodo a efi ɔsoro ne nsu a efi ɔbotan mu, bere a osukɔm dee wɔn no. Wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asase a woaka ho ntam sɛ wode bɛma wɔn no. \pm \v 16 “Nanso yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛde so. \v 17 Wɔantie, na wɔankae wʼanwonwade a woyɛ maa wɔn no. Mmom, wɔtew atua yii ntuanoni sɛ ɔnsan mfa wɔn nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. Nanso woyɛ ɔdebɔnekyɛ, ahummɔbɔ ne ɔdomfo Nyankopɔn a wo bo kyɛ fuw na wʼadɔe dɔɔso. Enti woampo wɔn, \v 18 bere a wɔyɛɛ nantwi ba na wɔka se, ‘Oyi ne mo nyame a, oyii mo fii Misraim no.’ Wɔyɛɛ bɔne, kekaa abususɛm a ɛyɛ hu. \pm \v 19 “Nanso wo mmɔborɔhunu mu no, woannyaa wɔn amma wɔanwuwu wɔ sare no so. Omununkum fadum no kɔɔ so dii wɔn anim awia, na ogya fadum no kyerɛɛ wɔn kwan anadwo. \v 20 Wosomaa wo honhom pa no kyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ, na woannyae sɛ wobɛma wɔn brodo afi ɔsoro anaa nsu bere a osukɔm de wɔn. \v 21 Wohwɛɛ wɔn so mfe aduanan wɔ sare so. Saa bere no, biribiara anhia wɔn. Wɔn ntade antetew, na wɔn anan ase antaatae. \pm \v 22 “Woboaa yɛn agyanom ma wodii ahemman akɛse ne aman bebree so, na wode wo nkurɔfo duaa aman no afanan nyinaa so. Wɔfaa ɔhene Sihon a ofi Hesbon ne Basanhene Og asase no nyinaa. \v 23 Womaa wɔn asefo dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woahyɛ wɔn agyanom ho bɔ no so. \v 24 Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na mpo, ahemfo ne Kanaanfo a wɔtenaa asase no so no tumi sae. Wo nkurɔfo ne wɔn dii no sɛnea wɔpɛ. \v 25 Yɛn agyanom faa nkurow a wɔabɔ ho ban ne nsasebere no. Wɔfaa afi a nnepa wɔ mu ne asuten a wɔatutu dedaw no ne bobeturo ne ngofuw ne nnuabafuw no bebree. Enti wodidii ara kosii sɛ wɔdodɔ yɛɛ akɛse, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu. \pm \v 26 “Nanso eyinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, tew wʼanim atua. Wɔtow wo mmara no guu nkyɛn. Wokunkum adiyifo a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu. \v 27 Enti wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa. Nanso wɔn amanehunu mu no, wosu frɛɛ wo, na wutiee wɔn fi ɔsoro. Na ahummɔbɔ a ɛso mu na wosomaa agyefo a wogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam. \pm \v 28 “Nanso na nneɛma nyinaa rekɔ so yiye no, wo manfo san kɔɔ bɔne mu bio, na wosan maa wɔn atamfo dii wɔn so. Nanso bere biara a wo nkurɔfo besu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wufi ɔsoro tiee wɔn bio. Wʼahummɔbɔ nwonwaso nti, wugyee wɔn ntoatoaso. \pm \v 29 “Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnsan mmedi wo mmara no so, nanso wɔyɛɛ ahomaso ne asobrakye a wɔanni wʼahyɛde no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a wɔnam so benya nkwa no so. Wɔnam ahomaso so, dan wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wobetie wo. \v 30 Wo dɔ nti, wunyaa wɔn ho ntoboase mfe bebree. Wosomaa wo honhom ma ɔnam adiyifo so bɔɔ wɔn kɔkɔ faa wɔn bɔne ho. Nanso wɔantie. Enti womaa abosonsomfo a wɔwɔ asase yi so no ho kwan ma wodii wɔn so bio. \v 31 Nanso wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfo ne ahummɔbɔ Nyankopɔn. \pm \v 32 “Afei, yɛn Nyankopɔn, ɔkɛse, otumfo ne ɔnwonwani Nyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛe no ommu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛse aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfo ne adiyifo ne yɛn agyanom so fi bere a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de besi saa bere yi. \v 33 Bere biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛse a wotwe yɛn aso sɛnea ɛsɛ wɔ so. \v 34 Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfo, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛde ne wo kɔkɔbɔ dennen no so. \v 35 Mpo, bere a wɔn ankasa nyaa wɔn ahemman no, wɔansom wo wɔ bere a woahwie wʼayamye adom agu wɔn so no. Womaa wɔn nsase pa akɛse, nanso wɔannu wɔn ho amfi wɔn amumɔyɛsɛm ho. \pm \v 36 “Enti mprempren, yɛyɛ nkoa wɔ asase a nnepa abu so wɔ so a wode maa yɛn agyanom no so. Dodow yi nyinaa mu, yɛyɛ nkoa. \v 37 Nnɔbae a ebu so boro so no nyinaa akodi ahemfo a esiane yɛn bɔne nti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwi so tumi. Yɛsom wɔn sɛnea wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛse mu. \s1 Woti Apam No Mu \p \v 38 “Eyinom nyinaa nti, yɛnam kurukyerɛw so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔwano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifo ne asɔfo din wɔ.” \c 10 \p \v 1 Nnipa a wogyee nhoma no too mu na wɔsɔw ano no ni: \b \li1 Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. \b \li2 Asɔfo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne Sedekia, \v 2 Seraia, Asaria, Yeremia, \li2 \v 3 Pashur, Amaria, Malkia, \li2 \v 4 Hatus, Sebania, Maluk, \li2 \v 5 Harim, Meremot, Obadia, \li2 \v 6 Daniel, Gineton, Baruk, \li2 \v 7 Mesulam, Abia, Miyamin, \li2 \v 8 Maasia, Bilgai ne Semaia. \li1 Eyinom ne asɔfo no. \b \li1 \v 9 Lewifo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne: \li2 Asania babarima Yesua, Binui a ofi Henadad abusua mu, Kadmiel, \li2 \v 10 ne wɔn mfɛfo Lewifo a, wɔne: \li2 Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, \li2 \v 11 Mika, Rehob, Hasabia, \li2 \v 12 Sakur, Serebia, Sebania, \li2 \v 13 Hodia, Bani ne Beninu. \b \li1 \v 14 Ntuanofo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne: \li2 Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani, \li2 \v 15 Buni, Asgad, Bebai, \li1 \v 16 Adoniya, Bigwai, Adin, \li2 \v 17 Ater, Hesekia, Asur, \li2 \v 18 Hodia, Hasum, Besai, \li2 \v 19 Harif, Anatot, Nebai, \li2 \v 20 Magpias, Mesulam, Hesir, \li2 \v 21 Mesesabel, Sadok, Yadua, \li2 \v 22 Pelatia, Hanan, Anaia, \li2 \v 23 Hosea, Hanania, Hasub, \li2 \v 24 Halohes, Pilha, Sobek, \li2 \v 25 Rehum, Hasabna, Maaseia, \li2 \v 26 Ahiya, Hanan, Anan, \li2 \v 27 Maluk, Harim, Baana. \b \pm \v 28 “Nnipa no nkae a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afi abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛnea wɔbɛsom Nyankopɔn, na wɔanyinyin a wɔte asɛm ase no, \v 29 wɔn nyinaa fi koma pa mu kaa ntam de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nsew sɛ, sɛ wobu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne somfo Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wofi koma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo adi \nd Awurade\nd*, wɔn Wura, ahyɛde ne ne mmara nyinaa so. \s1 Nnipa No Bɔhyɛ \pm \v 30 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmabea nware abosonsomfo a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmabarima nso nware wɔn mmabea. \pm \v 31 “Yɛsan hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de aguade anaa atoko ba bɛtɔn no homeda anaa da kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfe ason a ɛbɛba biara mu, na ka biara a Yudafo afoforo bi de yɛn no, yebetwa mu. \pm \v 32 “Nea ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yebetua Asɔredan afirihyiatow a wɔahyɛ yɛn sɛ yentua a ɛyɛ dwetɛ gram anan, sɛnea ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho bra. \v 33 Eyi bɛboa ama yɛanya Daa Daa Brodo, na yɛatumi abɔ atoko ne ɔhyew afɔre bere ano bere ano, abɔ homeda afɔre ahorow, adi ɔsram foforo afahyɛ ahorow ne dapɔnna ahorow no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔre ne bɔne ho afɔre sɛ mpata ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho behia ama yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ. \pm \v 34 “Yɛabɔ ntonto ahorow, ahu afe biara mu mmere a ɛfata sɛ asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo no abusuafo de nnyansin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhyew wɔ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn afɔremuka so, sɛnea mmara no kyerɛ no. \pm \v 35 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakan biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduan anaa aduaba a efi nnua so no, bɛba \nd Awurade\nd* Asɔredan mu. \pm \v 36 “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmabarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛnea mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfo a wɔsom wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan mu no. \pm \v 37 “Yɛbɛkora nnɔbae no nyinaa wɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikresiam a eye pa ara ne atoko nkae afɔrebɔde, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsa foforo papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn nnɔbae biara a efi yɛn asase so nkyɛmu du mu baako bɛbrɛ Lewifo, efisɛ wɔn na wogyigye ntotoso du du no wɔ yɛn nkuraa. \v 38 Ɔsɔfo a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifo no ho bere a wɔregyigye ntotoso du du no. Na biribiara a wobegye sɛ ntotoso du du no, Lewifo de mu nkyɛmu du mu baako bɛkɔ yɛn Nyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akosisi adekoradan\f + \fr 10.38 \fr*\ft Na adekoradan bebree wɔ asɔredan no mfimfini a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma a ɛyɛ kronkron.\ft*\f* no mu. \v 39 Ɛsɛ sɛ ɔmanfo no ne Lewifo no de afɔrebɔde a ɛyɛ atoko, nsa foforo ne ngo no begu adekorade kronkron a ɛbɛn asɔfo a wɔresom no, aponanohwɛfo ne nnwontofo no wɔ Asɔredan no mu. \pm “Enti yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Nyankopɔn Asɔredan no ase.” \c 11 \s1 Nnipa No Kɔtena Yerusalem \p \v 1 Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara. \v 2 Na ɔmanfo no kamfoo obiara a ofi ne pɛ mu san kɔtenaa Yerusalem no. \b \li4 \v 3 Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so, \v 4 nanso nnipa no bi a wofi Yuda ne Benyamin mu no san kɔtenaa Yerusalem. \b \li1 Yuda abusuakuw mu nnipa no ni: \li2 Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ofi Peres abusua mu; \li2 \v 5 Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ofi Sela abusua mu. \li2 \v 6 Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe (468) a wodi mu no na na wɔte Yerusalem. \li1 \v 7 Benyamin abusuakuw no mu nnipa ni: \li2 Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima; \v 8 na nʼakyi no na Gabai ne Salai, ne abusuafo ahankron aduonu awotwe (928) ba. \li2 \v 9 Wɔn panyin pa ara no ne Sikri babarima Yoel na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfo abediakyiri babarima Yuda boaa no. \li1 \v 10 Asɔfo no mu nnipa ni: \li2 Yoiarib babarima Yedaia; Yakin; \li2 \v 11 ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfo babarima, \v 12 ne wɔn mfɛfo ahanwɔtwe aduonu abien (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima \v 13 ne ne mfɛfo ahannu aduanan abien (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofo. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima \v 14 ne ne mfɛfo atitiriw ɔha aduonu awotwe (128). Wɔn panyin pa ara a otua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel. \li1 \v 15 Lewifo no nso ni: \li2 Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima; \li2 \v 16 ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyiri dwumadi so; \li2 \v 17 Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaebɔ buee aseda afɔre som ano; \li2 Bakbukia a na ɔyɛ Matania abediakyiri ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima. \li2 \v 18 Na Lewifo a wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu no nyinaa dodow si ahannu aduɔwɔtwe anan (284). \li1 \v 19 Aponanohwɛfo no ni: \li2 Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a (172) na wɔwɛn wɔ apon no ano. \b \p \v 20 Asɔfo a wɔaka no, Lewifo ne Israelfo nkae no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapade wɔ. \p \v 21 Nanso Asɔredan mu asomfo no a na Siha ne Gispa da wɔn ano no de, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel koko so. \p \v 22 Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no. \v 23 Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase. \p \v 24 Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammui mu. \p \v 25 Yudafo no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraa, Dibon ne ne nkuraa ne Yekabseel ne ne nkuraa. \v 26 Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet, \v 27 Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa, \v 28 Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa. \v 29 Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut, \v 30 Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuw a ɛbɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa nso. Enti Yudafo no tenatena nsase a efi Beer-Seba kosi Hinom bon no mu. \p \v 31 Benyamin nkurɔfo no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa. \v 32 Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania, \v 33 Hasor, Rama, Gitaim, \v 34 Hadid, Seboim, Nebalat, \v 35 Lod, Ono ne Adwumfo Bon mu nso. \p \v 36 Wɔmaa Lewifo a na wɔte Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuw no ho, ne wɔn tenae. \c 12 \s1 Asɔfo Ne Lewifo Ho Abakɔsɛm \li4 \v 1 Saa nnipa yi ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel babarima Serubabel ne ɔsɔfopanyin Yesua san wɔn akyi no: \b \li1 Seraia, Yeremia, Ɛsra, \li1 \v 2 Amaria, Maluk, Hatus, \li1 \v 3 Sekania, Rehum, Meremot, \li1 \v 4 Ido, Ginetoi, Abia, \li1 \v 5 Miamin, Maadia, Bilga, \li1 \v 6 Semaia, Yoiarib, Yedaia, \li1 \v 7 Salu, Amok, Hilkia ne Yedaia. \b \li4 Yesua bere so no, na eyinom ne asɔfo ntuanofo ne wɔn mfɛfo. \b \p \v 8 Lewifo a wɔne wɔn san wɔn akyi no ni: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfo na na wɔhwɛ aseda nnwom so no. \v 9 Na sɛ wɔresom a, wɔn mfɛfo Bakbukia ne Uni sɔre gyina ne wɔn di nhwɛanim. \b \li1 \v 10 Ɔsɔfopanyin Yesua woo Yoiakim, \li1 Yoiakim woo Eliasib, \li1 Eliasib woo Yoiada, \li1 \v 11 na Yoiada woo Yonatan, \li1 na Yonatan woo Yadua. \b \b \li4 \v 12 Bere a Yoiakim yɛ ɔsɔfopanyin no, na asɔfo mmusua mu ntuanofo no ne: \b \li1 Meraia a otua Seraia abusua ano. \li1 Hanania a otua Yeremia abusua ano. \li1 \v 13 Mesulam a otua Ɛsra abusua ano. \li1 Yehohanan a otua Amaria abusua ano. \li1 \v 14 Yonatan a otua Maluki abusua ano. \li1 Yosef a otua Sebania abusua ano. \li1 \v 15 Adna a otua Harim abusua ano. \li1 Helkai a otua Meraiot abusua ano. \li1 \v 16 Sakaria a otua Ido abusua ano. \li1 Mesulam a otua Gineton abusua ano. \li1 \v 17 Sikri a otua Abia abusua ano. \li1 Miniamin abusua nso na obi tua ano. \li1 Piltai tua Moadia abusua ano. \li1 \v 18 Samua a otua Bilga abusua ano. \li1 Yehonatan a otua Semaia abusua ano. \li1 \v 19 Matenai a otua Yoiarib abusua ano. \li1 Usi a otua Yedaia abusua ano. \li1 \v 20 Kalai a otua Salai abusua ano. \li1 Eber a otua Amok abusua ano. \li1 \v 21 Hasabia a otua Hilkia abusua ano. \li1 Netanel a otua Yedaia abusua ano. \b \p \v 22 Persiahene Dario a ɔto so abien bere so no, wɔkyerɛw Lewifo ne asɔfo mmusua mu ntuanofo no nyinaa din wɔ saa asɔfo mpanyimfo yi bere so: Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua. \v 23 Wɔkyerɛw Lewifo mmusua ntuanofo no din guu Abakɔsɛm Nhoma mu kosii Eliasib nena Yohanan bere so. \v 24 Eyinom ne Lewifo mmusua ntuanofo: Hasabia, Serebia, Yesua, Binui, Kadmiel ne wɔn mfɛfo bi a sɛ edu ayeyi ne aseda afahyɛ so a, wogyina hɔ ne wɔn di nhwɛanim, na ɔfa gye ɔfa so wɔ nnwonto mu, sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa, kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. \p \v 25 Na Matania, Bakbukia ne Obadia nso ka ho. Mesulam, Talmon ne Akub na wɔyɛ aponanohwɛfo a wɔhwɛ adekoradan a ɛwɔ apon no ano no so. \v 26 Na eyinom nyinaa som wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nena ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfo ne mmara no kyerɛkyerɛfo bere so. \s1 Wodwira Yerusalem Fasu No \p \v 27 Bere a wɔredwira Yerusalem fasu foforo no, wɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔwɔ asase no so nyinaa se, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadi no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigye fa no. \v 28 Wɔde nnwontofo no fi Yerusalem ne ne nkuraa ne Netofafo nkuraa nyinaa bɔɔ mu bae. \v 29 Ebi nso fi Bet-Gilgal ne Geba pɔw mu hɔ ne Asmawet, efisɛ na nnwontofo no ara akyekyere wɔn ankasa nkuraa afa Yerusalem ho ahyia. \v 30 Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, afei wodwiraa ɔmanfo no, dwiraa apon no ne fasu no nso. \p \v 31 Midii Yuda ntuanofo no anim kɔɔ ɔfasu no atifi, na meboaboaa nnwontofo akuw akɛse abien ano ma wɔbɛdaa ase. Nnwontofo kuw no mu baako kɔɔ anafo wɔ ɔfasu no atifi kosii Sumina Pon no. \v 32 Hosaia ne Yuda ntuanofo no mu fa dii wɔn akyi, \v 33 na Asaria, Ɛsra, Mesulam, \v 34 Yuda, Benyamin, Semaia, Yeremia \v 35 ne asɔfo no bi a wɔhyɛn torobɛnto no dii wɔn akyi. Ɛno akyi na Yonatan babarima Sakaria, Semaia babarima, Matania babarima, Mikaia babarima, Sakur babarima a ɔyɛ Asaf aseni no di. \v 36 Ne korakora no, Sakaria mfɛfo a wɔne Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda ne Hanani dii wɔn so. Wɔfaa nnwontode a Dawid a ɔyɛ Onyankopɔn nipa akyerɛ sɛ wɔmfa no. Na Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no na odii santen no anim. \v 37 Wɔfaa Asu Aniwa Pon no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no fasu antweri a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid fi ho, kosii Nsu Pon a ɛwɔ apuei fam no ho. \p \v 38 Nnwontofo a wɔto so abien no faa atifi kwan kohyiaa wɔn. Me ne ɔmanfo no mu fa dii wɔn akyi. Yɛfaa ɔfasu no so nam Fononoo Abantenten no ho kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no, \v 39 afei yetwaa Efraim Pon no ho, kosii Kuropɔn Dedaw Pon no, yɛfaa Mpataa Pon no ho, kosii Hananel Abantenten ho kɔɔ Ɔha Abantenten no ho. Yɛtoaa so kɔɔ Nguan Pon no ho, na yekogyinaa Ɔwɛn Pon no ano. \p \v 40 Nnwontokuw abien a na wɔreda ase no kɔɔ Awurade Asɔredan mu kɔtenatenaa ase. Me nso me ne akuw ntuanofo a na wɔka me ho no yɛɛ saa ara. \v 41 Yɛne asɔfo a na wɔhyɛn torobɛnto a wɔne Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania \v 42 ne nnwontofo Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser na yɛbɔɔ mu kɔe. Wɔtoo nnwom a na dwonkyerɛfo Yisrahia rema wɔn akwankyerɛ. \v 43 Saa anigye da no, wɔbɔɔ afɔre bebree, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Mmea ne mmofra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duu akyirikyiri. \s1 Nneɛma A Ehia Ma Asɔredan Mu Som \p \v 44 Da no, woyii mmarima sɛ wɔnhwɛ adekoradan a wɔde akyɛde, otwakan ne ntotoso du du gu mu no so. Na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wokogyigye fi mfuw mu, sɛnea asɔfo ne Lewifo mmara kyerɛ no, efisɛ na asɔfo ne Lewifo ne wɔn dwumadi no ho hia Yudafo nyinaa yiye. \v 45 Wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som no ne ahodwira som no pɛpɛɛpɛ, sɛnea Dawid ne ne babarima Salomo mmara kyerɛ no, na saa ara nso na nnwontofo no ne aponanohwɛfo no yɛe. \v 46 Amanne a wɔma nnwontofo akwankyerɛfo di nnwontofo no anim wɔ nkamfo ne aseda nnwom a wɔto de ma Onyankopɔn no fii ase fi Dawid ne Asaf bere so. \v 47 Enti efi Serubabel ne Nehemia bere so no, na daa ɔmanfo brɛ nnwontofo no ne aponanohwɛfo ne Lewifo no nnuan. Na Lewifo no nso de nea wonya no mu bi ma asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no. \c 13 \s1 Nehemia Nsesɛw Foforo A Etwa To \p \v 1 Da no ara, bere a wogu so rekenkan Mose Nhoma no, ɔmanfo no huu asɛm bi a ɛka se, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn aguabɔ ase. \v 2 Ase ne sɛ, bere a Israelfo fii Misraim no, wɔne wɔn anni no yiye. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa sɛ ɔnnome wɔn, nanso yɛn Nyankopɔn dan nnome no ma ɛyɛɛ nhyira. \v 3 Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpam ananafo no nyinaa fii aguabɔ no ase. \p \v 4 Ansa na saa asɛm yi rebesi no, na ɔsɔfo Eliasib a woyii no sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfo no a na ɔsan yɛ Tobia busuani no, \v 5 adan adekoradan kɛse no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atoko afɔrebɔde, aduhuam, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atoko ntotoso du du, nsa foforo, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma asɔfo. Na Mose ahyɛ sɛ saa afɔrebɔde no yɛ Lewifo, nnwontofo ne aponanohwɛfo no de. \p \v 6 Saa bere no, na minni Yerusalem. Na masan kɔ Babiloniahene Artasasta nkyɛn wɔ nʼahenni afe a ɛto so aduasa abien so. Akyiri no na ɔmaa me kwan sɛ mensan mmra. \v 7 Mibeduu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, sɛ ɔde Onyankopɔn Asɔredan adiwo dan bi ama Tobia no, \v 8 ɛtɔɔ me so, na miyii Tobia nneɛma a ɛwɔ dan no mu no nyinaa gui. \v 9 Afei mehyɛe sɛ, wonnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atoko afɔrebɔde ne aduhuam no san beguu mu. \p \v 10 Mesan huu sɛ wɔmfaa nea ɛsɛ sɛ Lewifo no nya no mmaa wɔn ɛ, enti na wɔne nnwontofo no a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔsom no so no asan akɔyɛ adwuma wɔ wɔn mfuw mu. \v 11 Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofo no nkyɛn, kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na moayi mo ani afi Onyankopɔn Asɔredan no so?” Na mefrɛɛ Lewifo no nyinaa ma wɔsan bae, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ano. \p \v 12 Na bio, Yudafo nyinaa fii ase de wɔn atoko ntotoso du du, nsa foforo ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu. \v 13 Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfo Selemia, mmara no kyerɛkyerɛfo Sadok ne Lewifo no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa sɛ wɔnhwɛ so. Na miyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nena sɛ wɔn boafo. Na saa mmarima yi wɔ din pa, na wɔn adwuma ne sɛ wɔde nokware bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfo Lewifo no. \b \p \v 14 Kae saa ade pa yi yɛ, me Nyankopɔn, na mma wo werɛ mfi nea mifi nokwaredi mu ayɛ nyinaa de ama me Nyankopɔn Asɔredan no. \b \p \v 15 Da koro Homeda bi, mihuu Yuda mmarima bi sɛ wɔretiatia wɔn nsakyiamoa so. Na wɔrehyehyɛ atoko afiafi wɔ wɔn mfurum so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsa, bobe aba, borɔdɔma ne nnɔbae bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim sɛ, wɔretɔn wɔn nnɔbae homeda. \v 16 Na mmarima bi nso fi Tiro a wɔde nsumnam ne aguade ahorow bebree aba. Na wɔretɔn no Homeda ama Yudafo wɔ Yerusalem fie ankasa! \v 17 Ɛno nti, mekɔɔ Yuda ntuanofo no so kobisaa wɔn se, “Adɛn nti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi? \v 18 Munnim sɛ mo agyanom yɛɛ saa bi no nti na yɛn Nyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so mprempren yi brɛɛ yɛn ne yɛn kurow yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntraso mprempren no bɛma abufuwhyew aba Israelfo so.” \p \v 19 Na afei, mehyɛɛ sɛ, efi saa bere no rekɔ, Fida biara anwummere, wɔntoto kurow no apon mu a wommmue ara kosi sɛ Homeda no betwa mu. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfo kɔwɛn apon no, sɛnea wɔrentumi mfa aguade mma homeda no. \v 20 Aguadifo ne nsaanodwumayɛfo a wɔde aguade ahorow ba no soɛɛ wɔ Yerusalem mfikyiri pɛnkoro anaa mprenu. \v 21 Nanso mekasa kyerɛɛ wɔn anibere so se, “Dɛn na motete ɔfasu yi akyi reyɛ? Sɛ moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!” Efi hɔ no, wɔamma Yerusalem wɔ Homeda bio. \v 22 Na mehyɛɛ Lewifo no sɛ, wonnwira wɔn ho, na wɔnnwɛn apon no sɛnea Homeda no kronkronyɛ no bɛka hɔ. \b \p Kae saa ade pa yi yɛ nso, me Nyankopɔn, na wʼadɔe kɛse a ɛnsa da no nti, hu me mmɔbɔ. \b \p \v 23 Saa bere koro no ara mu, mihuu sɛ Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wofi Asdod, Amon ne Moab. \v 24 Na nea na enye koraa ne sɛ, na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforo bi kasa a na wontumi nka Yudafo kasa no koraa. \v 25 Enti mekɔɔ wɔn so kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tinwi. Mema wɔkaa ntam wɔ Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfo a wɔwɔ asase no so nni aware. \v 26 Mibisae se, “Ɛnyɛ eyi bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?” Na wode ɔman biara so hene toto ne ho a, ɛnyɛ yiye. Onyankopɔn dɔɔ no, na osii no hene wɔ Israel nyinaa so. Nanso ɔno mpo ananafo aware de no kɔɔ bɔne mu. \v 27 Dɛn na ɛhaw mo ma modwene sɛ mobɛware ananafo mmea, na monam so ayɛ bɔne a ɛte saa, na munni Onyankopɔn nokware? \p \v 28 Esiane sɛ ɔsɔfopanyin Eliasib babarima Yoiada aware Horonni Sanbalat babea nti, mepam no fii mʼanim. \b \p \v 29 Kae wɔn, me Nyankopɔn, efisɛ wɔagu asɔfodwuma, asɔfo ne Lewifo bɔhyɛ ne ntam no ho fi. \b \p \v 30 Enti miguu biribiara a ɛyɛ ananasɛm, na mede nnwuma hyehyɛɛ asɔfo ne Lewifo nsa, hwɛɛ sɛ obiara nim nʼadwuma. \v 31 Mehwɛɛ nso sɛ, nnyina a ɛba afɔremuka so no nso bɛba mmere a ɛsɛ mu, na afei wobegye otwa a edi kan no mu nnɔbae de abrɛ asɔfo no. \b \p Kae eyi na dom me, me Nyankopɔn.