\id NAM - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Nahum \toc1 Odiyifo Nahum Nhoma \toc2 Nahum \toc3 Nah \mt2 Odiyifo \mt1 Nahum \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 Elkosini Nahum anisoadehu nhoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho. \s1 Awurade Abufuw A Etia Ninewe \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* yɛ ninkufo ne aweretɔ Nyankopɔn, \q2 \nd Awurade\nd* tɔ were, na abufuw ahyɛ no ma. \q1 \nd Awurade\nd* tɔ nʼatamfo so were, \q2 na nʼabufuw tena wɔn so. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* bo kyɛ fuw, na ne tumi so, \q2 na ɔtwe ɔfɔdifo aso. \q1 Ne kwan wɔ mfɛtɛ ne ahum mu, \q2 omununkum yɛ nʼanan ase mfutuma. \q1 \v 4 Ɔteɛteɛ po na ɔma ɛyow; \q2 ɔma nsubɔnten nyinaa yoyow. \q1 Basan ne Karmel twintwam, \q2 na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kisa. \q1 \v 5 Mmepɔw wosow biribiri nʼanim \q2 na nkoko nan. \q1 Asase, wiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa \q2 wosow nʼanim. \q1 \v 6 Hena na obetumi agyina nʼabufuw ano? \q2 Hena na obetumi atena nʼabufuwhyew mu? \q1 Nʼabufuw hwie te sɛ ogya; \q2 abotan yam wɔ nʼanim. \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* ye, \q2 ɔyɛ ahohia mu guankɔbea. \q1 Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so. \q2 \v 8 Nanso, ɔnam nsuyiri nwonwaso so \q1 bɛma Ninewe aba awiei. \q2 Ɔbɛtaa nʼatamfo akodu sum kabii mu. \b \q1 \v 9 Pɔw biara a wɔbɛbɔ atia \nd Awurade\nd* no, \q2 ɔbɛsɛe no; \q2 ɔhaw biara remma nto so mprenu. \q1 \v 10 Wɔde nsɔe bɛkyekyere wɔn ho, \q2 na bere a wɔn nsa abow wɔn no \q2 wɔbɛhyew wɔn sɛ nwuraguanee a wɔaboa ano. \q1 \v 11 Ninewe, wo mu na \q2 nea ɔbɔ pɔw bɔne tia \nd Awurade\nd* \q1 na otu fo bɔne no fi. \q1 \v 12 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q2 “Ɛwɔ mu sɛ wɔwɔ nnamfonom a wɔdɔɔso de, \q1 nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. \q2 Yuda, ɛwɔ mu sɛ mama ɔhaw aba wo so, \q2 nanso merenyɛ saa bio. \q1 \v 13 Afei, mebubu konnua a ɛda wo kɔn mu \q2 na matetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.” \b \q1 \v 14 Ninewe, \nd Awurade\nd* aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: \q2 “Worennya asefo a wo din bɛda wɔn so. \q1 Mɛsɛe nsɛsode a wɔasen ne ahoni a wɔagu \q2 a esisi wʼabosonnan mu no. \q1 Mesiesie wo da \q2 efisɛ woadan ayɛ atantanne.” \b \q1 \v 15 Hwɛ mmepɔw no so, \q2 nea ɔde asɛmpa no ba no anammɔn \q2 ɔno na ɔka asomdwoesɛm! \q1 Yuda di wʼafahyɛ na \q2 di wɔ bɔhyɛ so. \q1 Nnipabɔne rentu wo so sa bio; \q2 Wɔbɛsɛe wɔn pasaa. \c 2 \s1 Ninewe Asehwe \q1 \v 1 Ɔtamfo reba wo so, Ninewe \q2 bɔ aban no ho ban, \q1 wɛn ɔkwan no, \q2 bɔ wo ho so \q1 na boa wʼahoɔden nyinaa ano! \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* de Yakob anuonyam bɛsan ama no \q2 te sɛ Israel de no, \q1 ɛwɔ mu sɛ, asɛefo no ama ada mpan \q2 na wɔasɛe ne bobe mfuw. \b \q1 \v 3 Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ; \q2 akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade. \q1 Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no \q2 twa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no; \q2 mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim. \q1 \v 4 Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so, \q2 na wodi akɔneaba. \q1 Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw; \q2 wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam. \b \q1 \v 5 Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofo a wodi mu, \q2 nanso wohintihintiw wɔ ɔkwan mu. \q1 Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasu ho; \q2 na wɔyɛ wɔn nkataanim krado. \q1 \v 6 Wobuebue asubɔnten apon no, \q2 na ahemfi no dwiriw gu fam. \q1 \v 7 Wɔhyɛ mmaraden sɛ \q2 wɔmfa kuropɔn no nnommum \q1 na wɔmfa wɔn nkɔ. \q2 Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so \q2 su te sɛ mmorɔnoma. \q1 \v 8 Ninewe te sɛ ɔtare a \q2 mu nsu resen kɔ. \q1 Wɔteɛ mu se, “Munnyina hɔ! Munnyina hɔ!” \q2 Nanso, obiara ansan nʼakyi. \q1 \v 9 Momfom dwetɛ no! \q2 Momfom sikakɔkɔɔ no! \q1 Ahonyade a ɛwɔ adekoradan mu nyinaa! \q2 Na ahonyade no dɔɔso. \q1 \v 10 Wɔabɔ Ninewe korɔn, wɔayɛ no pasaa! \q2 Koma botow, na nkotodwe wosowosow, \q2 nnipa ho popo na wɔn anim hoa. \b \q1 \v 11 Mprempren he na gyata buw no wɔ, \q2 faako a wɔma wɔn mma aduan no, \q1 faako a gyatanini ne gyatabere kɔe \q2 na wɔn mma nso kɔ a wonsuro? \q1 \v 12 Gyata akum nea ɛbɛmee ne mma. \q2 Wabobɔ hanam ama gyatabere no. \q1 Ɔde nea wakum ahyɛ ne bon ma \q2 na ɔde hanam ahyɛ nʼatu amaama. \q1 \v 13 “Me ne wo nka,” \q2 sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni, \q1 “Mɛhyew wo nteaseɛnam na adan wusiw \q2 na afoa bekunkum wo gyatamma. \q1 Merennyaw wo hanam biara wɔ asase so. \q2 Wɔrente wʼasomafo no nne bio.” \c 3 \s1 Ninewe Nnome \q1 \v 1 Nnome nka mogya kuropɔn \q2 a atoro ne korɔn ahyɛ no ma \q2 na amanehunufo mpa mu da! \q1 \v 2 Apɔnkɔkafo abaa regyigye, \q2 nteaseɛnam nhankare reyɛ kirididi \q1 Apɔnkɔ rehuruhuruw \q2 ne nteaseɛnam redankyidankyi. \q1 \v 3 Apɔnkɔ ne wɔn sotefo ko kɔ wɔn anim; \q2 afoa twa yerɛw yerɛw, \q2 na mpeaw nso pa yerɛw yerɛw. \q1 Atɔfo bebree, \q2 awufo a bi deda bi so, \q1 afunu a wontumi nkan wɔn dodow \q2 a nnipa tiatia so. \q1 \v 4 Eyi nyinaa fi oguamanfo bi akɔnnɔ, \q2 ntafowayifo no nnaadaa dodow no. \q1 Ɔno na ɔde nʼaguamammɔ tɔn amanaman \q2 na ɔde ne ntafowayi tɔn nnipa. \q1 \v 5 “Me ne wo nka,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni, \q2 “Mɛpagyaw wʼatade akɔ soro. \q1 Mɛma amanaman ahu wʼadagyaw \q2 na ahenni ahorow nso ahu wʼanimguase. \q1 \v 6 Mede fi bɛsra wo ho, \q2 mebu wo animtiaa \q2 na mama nnipa ahwɛ wo. \q1 \v 7 Obiara a obehu wo beguan afi wo ho aka se, \q2 ‘Ninewe adwiriw, na hena na obesu no?’ \q2 Ɛhe na menya obi akyekye wo werɛ?” \b \q1 \v 8 Wuye sen Tebes a \q2 ɛda Asubɔnten Nil ho a \q2 nsu atwa ne ho ahyia ana? \q1 Asubɔnten bɔ ne ho ban \q2 na nsu yɛ ne fasu. \q1 \v 9 Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wontumi nkan wɔn. \q2 Put ne Libia ka nʼadomfo ho. \q1 \v 10 Nanso wɔfaa no nnommum \q2 twaa no asu. \q1 Wɔtow ne nkokoaa hwehwee fam \q2 ma wɔtetee wɔ mmɔnten so. \q1 Wɔbɔɔ nʼadehye so ntonto, \q2 na nʼatitiriw nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn. \q1 \v 11 Wo nso wobɛbow \q2 Na wubehintaw wo ho \q2 de akɔpɛ guankɔbea wɔ atamfo nkyɛn. \b \q1 \v 12 Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua \q2 a asow aba foforo: \q1 sɛ wɔwosow a \q2 aba no tetew gu ma nea ɔrehwehwɛ bi adi. \q1 \v 13 Hwɛ wʼakofo \q2 wɔn nyinaa yɛ mmea! \q1 Wʼasase so apon ano deda hɔ ma wʼatamfo; \q2 ogya ahyew wʼapon no akyi adaban. \b \q1 \v 14 Sesaw nsu sie ma bere a wɔatua mo ano no. \q2 Yere wo bammɔ mu! \q1 Wɔw dɔte no \q2 na siesie ntayaa a wɔato no! \q1 \v 15 Ɛhɔ na ogya bɛhyew wo; \q2 afoa betwa wo ahwe fam, \q1 wobedi wo nam sɛ mmoadabikuw. \q2 Monnɔ sɛ tɛwtɛw, \q2 mo ase mfɛe sɛ mmoadabi! \q1 \v 16 Woama wʼaguadifo adɔɔso, \q2 wɔn dodow asen ɔsoro nsoromma, \q1 nanso wɔte sɛ mmoadabi a wɔbɔ asase no kwaterekwa \q2 na afei wotu kɔ. \q1 \v 17 Wʼawɛmfo te sɛ mmoadabi. \q2 Wʼadwumayɛfo te sɛ mmoadabi akuw \q2 a wɔsensam ban ho awɔw da. \q1 Nanso sɛ owia pue a wotu kɔ, \q2 na obi nnim faako a wɔkɔ. \b \q1 \v 18 Asiriahene wo nguanhwɛfo retɔ nko. \q2 Wʼanuonyamfo deda hɔ rehome. \q1 Wo nkurɔfo abɔ apete wɔ mmepɔw no so \q2 a wonni anoboaboafo. \q1 \v 19 Aduru biara rentumi nkum wʼapirakuru no; \q2 wo kuru no bekum wo. \q1 Obiara a ɔte wo nka no \q2 bɔ ne nsam wɔ wʼasehwe ho, \q1 Na hena koraa na wʼatirimɔdensɛm \q2 no bi nkaa no da?