\id MRK - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Marko \toc1 Marko Asɛmpa No \toc2 Marko \toc3 Mar \mt1 Marko \mt2 Asɛmpa No \c 1 \s1 Osuboni Yohane Asɛnka \p \v 1 Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no mfiase ni. \v 2 Wɔakyerɛw wɔ Odiyifo Yesaia nhoma no mu se, \q1 “Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. \q2 Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.” \q1 \v 3 “Obi nne reteɛ mu wɔ sare so, \q1 ‘Munsiesie ɔkwan mma Awurade, \q2 mommɔ akwan a ɛteɛ mma no.’ ” \m \v 4 Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ sare so, ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm. \v 5 Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. \v 6 Na Yohane hyɛ atade a wɔde yoma nwi na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. \v 7 Ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me, a ne mpaboa hama mpo, mensɛ sɛ mekotow na masan. \v 8 Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!” \s1 Yesu Asubɔ Ne Ne Sɔhwɛ \p \v 9 Saa bere no mu na Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu. \v 10 Yesu fii asu no mu sii konkɔn so ara pɛ, ohuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so. \v 11 Na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.” \p \v 12 Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ sare so. \v 13 Ɔtenaa hɔ adaduanan a na wuram mmoa na ɛka ne ho. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri no, abɔfo ba bɛsom no. \p \v 14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. \v 15 Ɔkae se, \wj “Bere no awie du! Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni!”\wj* \s1 Yesu Bɔ Asɛmpa No Ho Amanneɛ \p \v 16 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau. \v 17 Yesu frɛɛ wɔn se, \wj “Mummedi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifo.”\wj* \v 18 Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi. \p \v 19 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, na ɔbaako nso de Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu reyɛ wɔn asau ho adwuma. \v 20 Ɔfrɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. Ntɛm ara na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii nʼakyi. \s1 Yesu Tu Honhommɔne \p \v 21 Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda duu no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no. \v 22 Nnipa no tee asɛm no maa wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no. \v 23 Amono mu hɔ ara na ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teɛɛ mu se, \v 24 “Dɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!” \p \v 25 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, \wj “Mua wʼano! Fi ne mu kɔ!”\wj* \v 26 Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no na ɔteɛteɛɛ mu dennen maa ne tu kɔe. \p \v 27 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!” \v 28 Saa anwonwade a ɔyɛe yi ho nsɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa. \s1 Yesu Sa Nyarewa \p \v 29 Wofii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi. \v 30 Na Simon asebea da mpa so a atiridii akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. \v 31 Yesu kɔɔ faako a ɔda hɔ kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara na atiridii no tu fii ne so ma ofii ase twɛn wɔn. \p \v 32 Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare. \v 33 Kurow mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ ofi no abobow ano, \v 34 na Yesu saa ayarefo bebree yare. Otuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ, na wonim no. \s1 Yesu Twee Ne Ho Kɔbɔɔ Mpae \p \v 35 Ahemadakye a na anim ntetewee no, Yesu sɔre fii fie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpae wɔ hɔ. \v 36 Simon ne wɔn a wɔka ne ho fii adi kɔhwehwɛɛ no, \v 37 na wohuu no no, wɔteɛɛ mu kae se, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo!” \p \v 38 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurow a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, efisɛ, ɛno nti na mebae.”\wj* \v 39 Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso. \s1 Yesu Sa Ɔkwatani Bi Yare \p \v 40 Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wubetumi ama me ho afi.” \p \v 41 Yesu huu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, \wj “Mepɛ! Wo ho mfi!”\wj* \v 42 Amono mu hɔ ara, ne ho fi maa ne ho tɔɔ no! \p \v 43 Yesu bɔɔ nʼano denneennen se, \v 44 \wj “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho atɔ wo.”\wj* \v 45 Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛmu rebɔ nʼayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti na baabiara a ɔbɛkɔ no onnyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn. \c 2 \s1 Yesu De Obubuafo Bi Bɔne Kyɛ No Sa No Yare \p \v 1 Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Oduu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ. \v 2 Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. \v 3 Mmarima baanan bi de obubuafo bi a wɔso no baa hɔ. \v 4 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no, kotuu tokuru wɔ atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. \v 5 Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, \wj “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”\wj* \p \v 6 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ no tee nea Yesu kae no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim \v 7 se, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ.” \p \v 8 Mpofirim na Yesu huu wɔn adwene ma obisaa wɔn se, \wj “Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo?\wj* \v 9 \wj Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: sɛ wɔbɛka akyerɛ obubuafo yi se, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa wɔbɛka se, ‘Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew?’\wj* \v 10 \wj Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ,”\wj* Enti ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, \v 11 \wj “Mise wo sɛ, sɔre gyina hɔ, fa wo kɛtɛ, na kɔ fie.”\wj* \v 12 Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Onyankopɔn se, “Yenhuu eyi bi da!” \s1 Yesu Frɛ Lewi Na Ɔne Nnebɔneyɛfo Didi \p \v 13 Yesu san kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuw a wɔahyia wɔ hɔ no. \v 14 Bere a ɔnam mpoano hɔ no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Di mʼakyi.”\wj* Na Lewi sɔre dii nʼakyi. \p \v 15 Saa anadwofa no, Lewi too pon, too nsa frɛɛ ne mfɛfo towgyefo ne nnebɔneyɛfo bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafo no nto nsa nnidi. Nnipa a wodii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ. \v 16 Farisifo no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne towgyefo ato nsa redidi no, wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo to nsa didi?” \p \v 17 Yesu tee nea wɔkae no, obuaa wɔn se, \wj “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ atreneefo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfo.”\wj* \s1 Wobisa Yesu Asɛm Fa Mmuadadi Ho \p \v 18 Da bi a Osuboni Yohane akyidifo ne Farisifo no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Adɛn nti na Yohane ne Farisifo no akyidifo di mmuada na wʼakyidifo de, wonni mmuada?” \p \v 19 Yesu nso bisaa wɔn se, \wj “Moahu ayeforokunu nnamfo a wɔbɛba ayeforo ase a wɔbɛka se, wɔredi mmuada nti wɔrennidi ana? Mmere dodow a wɔne ayeforokunu no nam no de, wɔrenni mmuada da.\wj* \v 20 \wj Na da bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.\wj* \p \v 21 \wj “Ɛte sɛ wode ntama foforo atare ntama dedaw mu. Dɛn na ɛba? Ntaremu no bɛtew ntama dedaw no mu, na ayi afi mu, na ama tokuru a ɛda hɔ no aso asen kan de no.\wj* \v 22 \wj Munim sɛ wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no behwie agu, na nkotoku a nsa no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.”\wj* \s1 Yesu Yɛ Homeda Wura \p \v 23 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo nam aburowfuw bi mu no, asuafo no pempan aburow no bi wee. \v 24 Farisifo no bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Hwɛ, adɛn na wɔreyɛ nea etia mmara Homeda?” \p \v 25 Yesu nso bisaa wɔn se, \wj “Monnkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no,\wj* \v 26 \wj ne sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi wɔ Ɔsɔfopanyin Abiatar bere so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kodii brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara no pɛ? Na ɛno nso tia mmara.\wj* \p \v 27 \wj “Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa.\wj* \v 28 \wj Enti Onipa Ba no yɛ Homeda so wura mpo!”\wj* \c 3 \s1 Yesu Sa Yare Homeda \p \v 1 Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Oduu hɔ no, ohuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. \v 2 Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a wɔbɛkyere no! \v 3 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim. \p \v 4 Ɔdan ne ho kyerɛɛ nʼatamfo no bisaa wɔn se, \wj “Eye sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ da a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ da a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no”\wj* Nanso wɔammua no. \p \v 5 Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no sɛ wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, \wj “Teɛ wo nsa no mu.”\wj* Ɔteɛɛ mu na amono mu hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yiye. \v 6 Farisifo no kohyiaa Herodefo no ne wɔn susuw ɔkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho. \s1 Dɔm Tu Di Yesu Akyi \p \v 7 Yesu ne nʼasuafo no fii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifi Galilea, Yudea, Yerusalem, \v 8 Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Efisɛ na nʼanwonwade a ɔyɛ no atrɛw mmaa nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no. \v 9 Ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔmpɛ ɔkorow bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ. \v 10 Da no, na wasa nyarewa bebree a ne saa nti na ayarefo no ba ara na wɔreba a wɔpɛe sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatade. \v 11 Bere biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi behu no no, wotwa hwe fam, wosow biribiri, ka se, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.” \v 12 Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se, wɔnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ. \s1 Yesu Paw Asuafo Dumien No \p \v 13 Yeau kɔɔ bepɔw so na ɔfrɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn. \v 14 Oyii wɔn mu dumien a daa wɔne no bɛnantew, na wɔakɔka asɛmpa no, \v 15 na wɔatu ahonhommɔne nso. \b \li4 \v 16 Dumien a oyii wɔn no din ni: \b \li1 Simon, a ɔtoo no din foforo Petro. \li1 \v 17 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a ɔtoo wɔn din Boanerges, a ase ne “aprannaa mma”. \li1 \v 18 Wɔn a wɔka ho nso ni: Andrea, \li1 Filipo, \li1 Bartolomeo, \li1 Mateo, \li1 Toma, \li1 Alfeo ba Yakobo, \li1 Tadeo ne \li1 Simon ɔmanyɛfo, \li1 \v 19 na Yuda Iskariot a oyii no mae no. \b \p \v 20 Ɔsan baa ofi a ɔte mu no mu no, nnipakuw bi san baa ne so bio. Ankyɛ koraa na hɔ nyinaa yɛɛ ma a onnya kwan koraa nnidi. \v 21 Ne fifo tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn fi efisɛ wɔkae se, “Ne ti mu ka no.” \s1 Yesu Ka Nyaatwomfo Anim \p \v 22 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wofi Yerusalem bae no kae se, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panyin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na otu ahonhommɔne no.” \p \v 23 Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abebu mu se, \wj “Ɛbɛyɛ dɛn na Satan betumi atu Satan?\wj* \v 24 \wj Ahenni biara a ɛne ne ho di asi no begu.\wj* \v 25 \wj Saa ara na ofi biara a ɛne ne ho di asi no nnyina ara ne no.\wj* \v 26 \wj Na sɛ Satan twa ne ho ne ne ho di asi a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Obedi nkogu.\wj* \v 27 \wj Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di kan kyekyere ɔhoɔdenfo no, ansa na watumi afa ne nneɛma.\wj* \v 28 \wj Mereka akyerɛ mo se, bɔne a onipa ayɛ biara no, wotumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wotumi de kyɛ no;\wj* \v 29 \wj nanso nea ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da.”\wj* \p \v 30 Ɔkaa saa asɛm yi efisɛ na wɔka se, “Ɔwɔ honhommɔne.” \s1 Yesu Na Ne Ne Nuanom \p \v 31 Ogu so rekyerɛkyerɛ no, ne na ne ne nuanom begyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi se, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. \v 32 Saa bere no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.” \p \v 33 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Hena ne me na? Hefo ne me nuanom?”\wj* \p \v 34 Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyia kae se, \wj “Eyinom ne me na ne me nuanom!\wj* \v 35 \wj Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabea ne me na.”\wj* \c 4 \s1 Ogufo Ho Bɛ \p \v 1 Bere a ogu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm san betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. Eyi nti ɔkɔtenaa ɔkorow mu toaa ne kyerɛkyerɛ no so. \v 2 Na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔnam mmebu so kyerɛɛ wɔn nneɛma bebree se: \v 3 \wj “Muntie! Okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no,\wj* \v 4 \wj Ogu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa dii.\wj* \v 5 \wj Ebi nso koguu ɔbotan a dɔte a ɛwɔ so no nnɔɔso so.\wj* \v 6 \wj Ankyɛ na efifii, nanso esiane sɛ dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no nti owia bɔɔ so, na ne nyinaa hyewee.\wj* \v 7 \wj Aba no bi nso guu nsɔe mu maa nsɔe no kyekyeree no nti antumi ansow aba.\wj* \v 8 \wj Aba no bi nso guu asase pa mu maa bi nyin sow mmɔho aduasa, ebi aduosia, na afoforo nso mmɔho ɔha.”\wj* \p \v 9 Na Yesu kae se, \wj “Nea ɔwɔ aso no ntie!”\wj* \p \v 10 Akyiri no a ɛkaa ɔne dumien no ne asuafo afoforo bi no, wobisaa no se, “Asɛm a wokae no ase ne dɛn?” \v 11 Obuaa wɔn se, \wj “Mo de, wɔada Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso afoforo de, wɔka no abebu mu na ɛkyerɛ wɔn.\wj* \v 12 \wj Esiane saa nti,\wj* \q1 \wj “ ‘Wohu na wɔte, nanso wɔrente nea wɔte no ase,\wj* \q2 \wj na wɔrennan mma Onyankopɔn nkyɛn,\wj* \q1 \wj na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’\wj* \p \v 13 \wj “Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahorow a merebebu no ase?\wj* \v 14 \wj Okuafo no asɛm no.\wj* \v 15 \wj Aba a eguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a ntɛm ara na ɔbonsam ba wɔn nkyɛn ma wɔn werɛ fi nea wɔate no nyinaa.\wj* \v 16 \wj Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigye tie asɛm no.\wj* \v 17 \wj Nanso wɔte sɛ aba a afifi foforo a ne ntin nkɔ fam. Mfiase no wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no nti ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ a na wɔapa abaw.\wj* \v 18 \wj Aba a eguu nsɔe mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no,\wj* \v 19 \wj nanso ɛnkyɛ koraa na wiase yi mu afɛfɛde ne ahonyade ne ɔbra yi mu dadwen, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn koma mu. Eyi nti asɛm no ntumi nsow aba biara.\wj* \v 20 \wj Nnipa no bi te sɛ aba a wogu wɔ asase pa mu, wɔte asɛm no, wogye, na wɔsow aba— bi mmɔho aduasa, bi nso sow aduosia, na afoforo nso sow ɔha.”\wj* \s1 Kanea So Mfaso \p \v 21 Afei Yesu bisaa wɔn se, \wj “Moahu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butuw so? Mmom mommfa nsi ne dua so ana?\wj* \v 22 \wj Wɔbɛda nea ahintaw biara no adi, na nea wɔakata so biara no wɔde bepue gua.\wj* \v 23 \wj Nea ɔwɔ aso a obetie no, ma ontie!\wj* \p \v 24 \wj “Momfa asɛm a mote no nyɛ adwuma. Wɔde mo susukuruwa besusuw ama mo, na ama aboro so mpo.\wj* \v 25 \wj Nea ɔwɔ no, wɔbɛma no bi aka ho; nea onni no, kakraa bi a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.”\wj* \s1 Aba A Ɛrenyin Ho Abebu \p \v 26 Ɔkaa bio se, \wj “Sɛnea Onyankopɔn Ahenni no te ni: Okuafo bi gu aba wɔ asase bi so.\wj* \v 27 \wj Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ onyan o, aba no fifi a onnim sɛnea ɛyɛɛ a enyinii.\wj* \v 28 \wj Asase no ankasa bɔ nʼaduan, dua no na edi kan, afei etu mɛpɛsɛe na abɔ ama aba no anyin.\wj* \v 29 \wj Sɛ aba no nyin wie a, okuafo no fa ne dade kotwa, efisɛ otwa bere adu.”\wj* \s1 Onyaa Aba Ho Bɛ \p \v 30 Ɔsan kae se, \wj “Dɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahenni no bɛto, anaa mmebusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu?\wj* \v 31 \wj Ɛte sɛ onyaa aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu.\wj* \v 32 \wj Na sɛ wodua a enyin yɛ kɛse sen nnua a aka no nyinaa, eyiyi mman akɛse ma wim nnomaa besisi ne nwini mu.”\wj* \p \v 33 Mmebu a ɛtete sɛ eyinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase. \v 34 Ɔnam mmebu so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wobetiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafo no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase. \s1 Yesu Brɛ Ahum Ase \p \v 35 Eduu anwummere no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.”\wj* \v 36 Ɔkaa saa no, wogyaw nnipadɔm no hɔ na ɔne wɔn kɔe a akorow afoforo di wɔn akyi. \v 37 Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. \v 38 Saa bere no, na Yesu wɔ ɔkorow no to de ne ti ato sumii so ada. Asuafo no de ahopopo ne nteɛteɛ mu konyan no kae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛreyɛ amem yi ɛmfa wo ho?” \p \v 39 Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, \wj “Yɛ komm!”\wj* Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm! \p \v 40 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Adɛn na moyɛ ahufo sɛɛ? Moda so nni gyidi ara?”\wj* \p \v 41 Na wɔn ho dwiriw wɔn yiye, bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn ni a mframa ne po mpo tie no yi?” \c 5 \s1 Yesu Sa Ɔbarima Bi A Ɔwɔ Ahonhommɔne Yare \p \v 1 Yesu ne nʼasuafo no twaa ɔtare no koduu Gerasefo asase so. \v 2 Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no. \v 3 Na saa ɔbarima yi te abonna mu a obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no bio. \v 4 Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yiye nti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa mpo a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. \v 5 Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusiei hɔ mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano yɛ nam twitwa ne ho. \p \v 6 Ɔbarima yi huu Yesu wɔ akyirikyiri no, otuu mmirika, bebuu no nkotodwe. \v 7 Ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me yɛ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!” \v 8 Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se, \wj “Honhommɔne, fi ne mu kɔ!”\wj* \p \v 9 Yesu bisaa no se, \wj “Wɔfrɛ wo dɛn?”\wj* \p Obuaa Yesu se, “Me din de ‘Dɔm’ efisɛ yɛdɔɔso.” \v 10 Afei ɔsrɛɛ Yesu anibere so sɛ ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri. \p \v 11 Saa bere no na mprakokuw bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no. \v 12 Enti ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.” \v 13 Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn. \p \v 14 Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no. \v 15 Nnipakuw no duu faako a Yesu wɔ no wohuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwene mu atew no. Eyi maa wɔn ho dwiriw wɔn. \v 16 Wɔn a wohuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforo. \v 17 Afei nnipakuw no fii ase srɛɛ Yesu se, omfi wɔn man mu nkɔ! \p \v 18 Yesu reforo ɔkorow akɔtena mu no, ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ. \v 19 Nanso Yesu kae se, \wj “Dabi, na kɔ na kɔka anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔbɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafo.”\wj* \v 20 Enti ɔbarima no fi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkurow Du” no a ɛwɔ saa ɔmantam no mu no mu kɔkaa anwonwade a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no wɔn ho dwiriw wɔn. \s1 Ɔbea Bi Ayaresa Ne Abeawa Bi Nyan \p \v 21 Yesu de ɔkorow no twa baa po no fa baabi no, nnipakuw betwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ. \v 22 Asafopanyin a na wɔfrɛ no Yairo baa hɔ na ohuu Yesu no obuu nkotodwe, \v 23 srɛɛ no se ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Abofra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na onya nkwa.” \v 24 Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi. \p \v 25 Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho. \v 26 Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. \v 27 Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no. \v 28 Ɔdwenee ho kae se, “Sɛ mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.” \v 29 Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu pɛ na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no. \p \v 30 Amono mu hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afi ne mu. Ɔdan ne ho kyerɛɛ nnipakuw no bisae se, \wj “Hena na osoo mʼatade mu no?”\wj* \p \v 31 Nʼasuafo no buae se, “Saa nnipakuw a obiara de ne ho twitwiw ne yɔnko yi na worebisa se, \wj ‘Hena na ɔde ne nsa aka mʼatade?’ ”\wj* \p \v 32 Nanso ɔpɛɛ sɛ ohu onipa ko a osoo nʼatade mu no. \v 33 Bere a ɔbea no huu asɛm a asi no, ɔde ahopopo bebuu Yesu nkotodwe kaa nea ɔyɛe no kyerɛɛ no. \v 34 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoe kɔ; wo yare no agyae.”\wj* \s1 Yairo Babea No Nyan \p \v 35 Ogu so rekasa akyerɛ ɔbea no, abɔfo fi Yairo fi bɛkae se, “Wo babea no awu; adɛn na woda so haw kyerɛkyerɛfo no?” \p \v 36 Yesu antie nea na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo se, \wj “Nsuro, gye di ara.”\wj* \p \v 37 Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo fi hɔ, gye Petro, Yakobo ne Yohane. \v 38 Bere a Yesu duu hɔ no, ohuu sɛ hɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo. \v 39 Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, \wj “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abofra no nwui; nna na wada!”\wj* \v 40 Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no. \p Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie hɔ no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da hɔ. \v 41 Osoo abofra no nsa kae sɛ, \tl \+wj “Talita, Kuum!”\+wj*\tl* a ase ne sɛ \wj “Abaawa, mise wo sɛ sɔre!”\wj* \v 42 Amono mu hɔ ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. \v 43 Yesu bɔɔ wɔn ano ketee sɛ wɔnnka asɛm a asi no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abofra no aduan nni. \c 6 \s1 Odiyifo A Onni Anuonyam \p \v 1 Yesu fi faako a ɔwɔ hɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafo no ka ne ho. \v 2 Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, fii ase kyerɛkyerɛ maa dodow a wobetiee no ho dwiriw wɔn. \p Wobisae se, “Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, dɛn nyansa na wɔde ama no a nti otumi yɛ anwonwade yi? \v 3 Ɛnyɛ duadwumfo no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no ni? Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha!” Na wɔn bo fuw no. \p \v 4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Odiyifo kurom, nʼabusuafo mu, ne ne fi na onni anuonyam.”\wj* \v 5 Wantumi anyɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ, gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. \v 6 Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwonwa. \s1 Yesu Soma Asuafo Dumien No \p Na Yesu kyinkyinii nkuraase kyerɛkyerɛe. \v 7 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi wɔ ahonhommɔne so. \p \v 8 Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn ni, \wj “Mommfa biribiara nkura gye mo pema nko ara; mommfa aduan anaa kotoku anaa sika.\wj* \v 9 \wj Bio, mommfa mpaboa foforo anaa atade foforo nka nea ɛhyɛ mo yi ho.\wj* \v 10 \wj Baabiara a mobɛkɔ no, montena ofi baako pɛ mu. Monnsesa mo atenae.\wj* \v 11 \wj Na sɛ morefi kurow bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporow mo anan ase tutuw, mfa nni adanse.”\wj* \p \v 12 Asuafo no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wohyiaa no no sɛ ɔnsakra nʼadwene, ntwe ne ho mfi ne bɔne ho. \v 13 Na wotutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefo pii saa wɔn yare. \s1 Osuboni Yohane Kum \p \v 14 Ɔhene Herode tee eyi, efisɛ na Yesu din atrɛw. Ebinom kae se, “Osuboni Yohane no na wasan aba nkwa mu bio, enti na otumi yɛ anwonwade a ɔyɛ yi.” \p \v 15 Ebinom nso susuw sɛ, Yesu yɛ Odiyifo Elia na wasan aba. \p Afoforo nso kae se, odiyifo foforo bi a ɔte sɛ tete adiyifo akɛse no bi na waba. \p \v 16 Herode kae se, “Dabi, ɛyɛ Osuboni Yohane a mitwaa ne ti no. Wanyan afi owu mu.” \p \v 17 Saa bere no na Herode asoma asraafo ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, efisɛ na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no aware. \v 18 Osuboni Yohane ka kyerɛɛ Herode se, “Wunni ho kwan sɛ woware wo nua yere.” \v 19 Asɛm a Yohane kae no anyɛ Herodia nso dɛ, ma onyaa ne ho menasepɔw kae se, ɛsɛ sɛ wokum Yohane. Nanso ɔrentumi nkum no gye sɛ Herode ama no tumi. \v 20 Na Herode de obu ma Yohane, efisɛ na onim sɛ ɔyɛ onipa trenee. Eyi nti ɔbɔɔ ne ho ban. Bere biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yeraw no nanso eyi nyinaa akyi no, ɔde ntoboase tiee no. \p \v 21 Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo. \v 22-23 Herodia babea bɛsaw kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa fɛ. Herode de ntam ka kyerɛɛ ababaa no se, “Bisa me biribiara a wopɛ; sɛ mʼaheman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!” \p \v 24 Ababaa yi kɔɔ ne na nkyɛn kobisaa no nea ommisa ma ɔka kyerɛɛ no se, “Bisa no Osuboni Yohane ti!” \p \v 25 Ababaa yi de ahoɔhare san baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mepɛ sɛ wode Osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me mprempren ara!” \p \v 26 Eyi maa ɔhene no werɛ howee, nanso esiane sɛ na waka ntam wɔ nnipa no anim no nti, wammu bɔ a ɔhyɛɛ ne babea no so. \v 27 Herode somaa nʼasraafo no mu baako sɛ ɔnkɔ afiase hɔ nkotwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kotwaa Osuboni Yohane ti, \v 28 na ɔde too prɛte mu brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na. \v 29 Bere a Yohane asuafo no tee nea asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kosiee no wɔ ɔboda bi mu. \s1 Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan \p \v 30 Asomafo no san baa Yesu nkyɛn bɛkaa nea wɔyɛɛ ne nea wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. \v 31 Yesu tiee wɔn amanneɛ no wiee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Momma yɛntwe yɛn ho mfi nnipakuw yi ho na yɛnkɔhome kakra.”\wj* Nea ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wonnya kwan mpo na wɔadidi. \p \v 32 Yesu ne nʼasuafo no tenaa ɔkorow mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ. \v 33 Nanso bere a wɔrekɔ no, nnipa pii huu wɔn ma wotuu mmirika faa mpoano hɔ kotwaa wɔn ho. \v 34 Eyi nti bere a Yesu sii fam no, na nnipakuw ahyia wɔ hɔ. Ohuu wɔn no ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ sɛ wohu. \p \v 35 Onwini reyɛ adwo no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade resa. Aduan biara nso nni ha. \v 36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni.” \p \v 37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Momma wɔn aduan nni.”\wj* \p Wobisaa no se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram asia akatua. Yɛnsɛe sika a ɛte saa mfa mma wɔn brodo nni ana?” \p \v 38 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Brodo ahe na mowɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ.”\wj* \p Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wɔwɔ brodo anum ne mpataa abien.” \p \v 39 Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw wɔ sare no so. \v 40 Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi yɛ ɔha na bi yɛ aduonum. \v 41 Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. \v 42 Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! \v 43 Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum; \v 44 na wɔtasee ase nkae no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. \s1 Yesu Nantew Asu Ani \p \v 45 Adidi no akyi pɛ, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔnkɔtena ɔkorow no mu, na wonni kan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuw no kwan na watiw wɔn. \v 46 Akyiri no, ɔkɔɔ bepɔw no so kɔbɔɔ mpae. \p \v 47 Anadwo no a asuafo no te ɔkorow mu adu asu no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. \v 48 Ohuu sɛ na wɔn ho akyere wɔn; ɛne sɛ, mframa a ano yɛ den ne asorɔkye bɔ dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ wɔ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ sɛ ɔretwa wɔn ho. \v 49 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani no, wɔde ehu teɛteɛɛ mu efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. \v 50 Wɔn nyinaa huu no. \p Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Munnsuro!”\wj* \v 51 Afei ɔkɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Asuafo no ho dwiriw wɔn, \v 52 efisɛ na wɔnte aduanma no ase, na wɔapirim wɔn koma. \s1 Genesaret Ayaresa \p \v 53 Wotwaa asu no baa Genesaret na woduu hɔ no, wɔde ɔkorow no baa mpoano. \v 54 Na wosi fii ɔkorow no mu no, nnipa a wogyinagyina hɔ no huu no. \v 55 Wotuu mmirika kyinii nkurow a atwa hɔ ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare deda wɔn akɛtɛ so brɛɛ no wɔ baabiara a wɔtee sɛ ɔwɔ. \v 56 Na nkuraa ase anaa nkurow so baabiara a ɔkɔe no, wɔde ayarefo beguu mmɔnten so, srɛɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den. \c 7 \s1 Honhom Fam Ahotew \p \v 1 Da bi, Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Yerusalem baa Yesu nkyɛn. \v 2 Woduu hɔ no, wohuu sɛ nʼasuafo no bi redidi a wɔanhohoro wɔn nsa ho. \v 3 Na Yudafo no, ne titiriw no Farisifo nnidi da, gye sɛ wɔahohoro wɔn nsa ho nyinaa, sɛnea wɔn amanne kyerɛ, ansa na wɔadidi. \v 4 Na sɛ wofi gua so ba a, wɔhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi. Eyi yɛ mmara bebree a wofi tete adi so no mu baako. Na mmara no bi ne sɛ, wɔhohoro nkuruwa, asɛn ne kɔberesɛn mu. \p \v 5 Enti Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no bisaa Yesu se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni yɛn amanne a efi tete no so? Efisɛ wodidi a, wonni kan nhohoro wɔn nsa sɛnea amanne kyerɛ no.” \p \v 6 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mo nyaatwomfo! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ,\wj* \q1 \wj “ ‘Saa nnipa yi de wɔn ano na edi me ni,\wj* \q2 \wj nanso wɔn koma mmɛn me ho baabiara.\wj* \q1 \v 7 \wj Wɔsom me kwa;\wj* \q2 \wj na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ nnipa nsa ano mmara’\wj* \q2 \wj yɛ nokware turodoo!\wj* \m \v 8 \wj Mugyaw Onyankopɔn mmara a wahyehyɛ no de mo ankasa mo amanne si anan mu.\wj* \p \v 9 \wj “Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanne no atim.\wj* \v 10 \wj Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni’ no maa mo.\wj* Ɔkae se, \wj ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no.’\wj* \v 11 \wj Nanso moka se, eye sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne na a ade bi hia no no se, ‘Merentumi mmoa mo! Efisɛ mede nea anka a ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’\wj* \v 12 \wj Enti mubu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛe no so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abɔ mo amanne ho ban.\wj* \v 13 \wj Eyi yɛ nhwɛso baako pɛ. Nanso bebree ka ho.”\wj* \p \v 14 Afei Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mo nyinaa muntie asɛm a mereka yi yiye, na monte ase.\wj* \v 15 \wj Ade biara a ɛkɔ onipa mu no ngu ne ho fi. Na mmom nea ebefi onipa mu aba no na egu ne ho fi.\wj* \v 16 \wj Nea ɔwɔ aso a obetie no ntie.”\wj* \p \v 17 Afei Yesu fii nnipakuw no mu kɔɔ fie no, nʼasuafo no bisaa no asɛm a ɔkae no ase. \v 18 Obisaa wɔn se, \wj “Mo nso monte asɛm a mekae no ase? Munhu sɛ, nea mudi no ngu mo ho fi ana?\wj* \v 19 \wj Efisɛ nea mudi biara no ne mo koma nni hwee yɛ, na mmom ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”\wj* \p \v 20 Ɔtoaa so se, \wj “Nea efi onipa mu ba no na egu ne ho fi.\wj* \v 21 \wj Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi,\wj* \v 22 \wj ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba.\wj* \v 23 \wj Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛno na egu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”\wj* \s1 Ɔbea Bi Gyidi \p \v 24 Yesu fi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu hɔ ara pɛ, na nkurɔfo tee ne nka sɛ waba hɔ. \v 25 Ɛhɔ ara na ɔbea bi a honhommɔne hyɛ ne babea ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka nti, obebuu no nkotodwe. \v 26 Ɔbea no srɛɛ no sɛ ontu saa honhommɔne no mfi ne ba no mu mma no. Na saa ɔbea yi yɛ Helani a wɔwoo no wɔ Siro-Foinike. \p \v 27 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Ɛsɛ sɛ mma no mee ansa. Na enye sɛ wɔde mma aduan ma akraman.”\wj* \p \v 28 Ɔbea no nso buae no se, “Owura, ɛyɛ nokware de, nanso ɛyɛ a wɔde aduan a aka wɔ mmofra no prɛte mu no bi ma akraman a wɔhyehyɛ ɔpon no ase no.” \p \v 29 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Wo mmuae pa no nti masa wo babea no yare. Kɔ fie. Honhommɔne no afi ne mu kɔ.”\wj* \p \v 30 Oduu fie no, ohuu sɛ ne babea no da mpa so dinn a honhommɔne no afi ne mu ampa ara. \s1 Mumu Ɔsotifo Bi Ayaresa \p \v 31 Yesu fi Tiro no, ɔfaa Sidon mansin a emu nkurow yɛ du no so beduu Galilea Po so. \v 32 Wɔde ɔsotifo bi a ɔsan yɛ mum brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfa ne nsa nka ɔyarefo no, na ɔnsa no yare. \p \v 33 Yesu soo ne mu de no fii nnipakuw no mu. Afei ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasu de kaa ne tɛkrɛma. \v 34 Ɔhwɛɛ ɔsoro, guu ahome teɛɛ mu se, \tl \+wj “Hefata!”\+wj*\tl* Ase ne, \wj “bue!”\wj* \v 35 Amono mu hɔ ara, ɔbarima no aso buei, ne tɛkrɛma sanee, na ofii ase kasae. \p \v 36 Yesu bɔɔ nnipakuw no ano se, wɔmmmɔ asɛm no dawuru nkyerɛ obiara. Nanso mpɛn dodow a ɔbraa wɔn no, na trɛw ara na wɔn nso wɔretrɛw asɛm no mu. \v 37 Saa asɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Enti wɔkae se, “Yesu ayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo mpo te asɛm, na mum nso kasa!” \c 8 \s1 Nnipa Mpem Anan Aduanma \p \v 1 Saa mmere no mu na nnipakuw foforo bi baa Yesu nkyɛn. Esiane sɛ na hwee nni hɔ a wobedi nti, \v 2 Yesu frɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae se, \wj “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio.\wj* \v 3 \wj Sɛ migya wɔn kwan sɛ wɔnkɔ a wonnidii a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ piti wɔ ɔkwan so, efisɛ wɔn mu bi fi akyirikyiri na wɔbae.”\wj* \p \v 4 Nʼasuafo no bisaa no se, “Ɛhefa na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi wɔ sare yi so ha?” \p \v 5 Obisaa wɔn se, \wj “Brodo dodow ahe na mowɔ?”\wj* \p Wobuaa no se, “Yɛwɔ ason.” \p \v 6 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase wɔ sare no so. Afei ɔfaa brodo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no. \v 7 Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, nti Yesu hyiraa ɛno nso so de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. \v 8 Nnipakuw no didi mee no, ogyaa wɔn kwan. \v 9 Nnipa a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anan. Na wɔtasee ase nnikae no, ɛyɛɛ kɛntɛn ason. \v 10 Eyi akyi no ɔne nʼasuafo no kɔtenaa ɔkorow mu baa Dalmanuta fam. \s1 Ɔsoro Nsɛnkyerɛnne \p \v 11 Farisifo no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bebisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wim nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yebegye wo adi.” \v 12 Yesu tee nea wɔkae no, oguu ahome ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Dɛn nti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnne daa yi? Nsɛnkyerɛnne biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.”\wj* \v 13 Ɔsan kɔtenaa ɔkorow no mu gyaw wɔn, twa kɔɔ asuogya nohɔ. \s1 Herode Ne Farisifo Mmɔkaw \p \v 14 Asuafo no werɛ fii sɛ wɔfa aduan bi kura ansa na wɔkɔ, gye brodo baako pɛ na na wokura wɔ ɔkorow no mu. \v 15 Wɔretwa asu no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Ɔhene Herode ne Farisifo mmɔkaw ho.”\wj* \p \v 16 Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm a ɔreka yi ase ne dɛn?” Nea wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduan a wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa akita no ho asɛm. \p \v 17 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte eyi ase ana? Mo koma da so pirim?\wj* \v 18 \wj Mowɔ ani nso munhu ade? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi ana?\wj* \v 19 \wj Bere a mibubuu brodo anum mu maa nnipa mpem anum no, nnikae kɛntɛn ahe na motasee?”\wj* \p Wɔkae se, “Dumien.” \p \v 20 \wj “Na mesan de brodo ason maa nnipa mpem anan no nso, ahe na ɛkae?”\wj* \p Wɔkae se, “Nkɛntɛn ason.” \p \v 21 Obisaa wɔn bio se, \wj “Monnte ase ara ana?”\wj* \s1 Onifuraefo Bi Ayaresa Wɔ Betsaida \p \v 22 Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare. \v 23 Yesu soo onifuraefo yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasu guu onifuraefo no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no se, \wj “Wuhu ade ana?”\wj* \p \v 24 Onifuraefo no maa nʼani so hwɛɛ soro, buae se, “Yiw, mihu nnipa! Nanso mihu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.” \p \v 25 Afei Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifuraefo no buee nʼani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, nʼani no yɛɛ yiye a afei de na ohu biribiara kann. \v 26 Yesu ma ɔkɔɔ fie, na ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Nnsan nnkɔ akuraa no ase bio.”\wj* \s1 Petro Ka Se Yesu Ne Kristo No \p \v 27 Yesu ne nʼasuafo no fii Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, obisaa wɔn se, \wj “Nnipa ka se mene hena?”\wj* \p \v 28 Asuafo no buae se, “Ebinom se wone Osuboni Yohane no, na afoforo nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifo no mu bi a wasan aba.” \p \v 29 Na obisaa wɔn se, \wj “Na mo nso mose meyɛ hena?”\wj* \p Petro buaa no se, “Wone Kristo no.” \p \v 30 Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ se, wɔnnka nkyerɛ obiara. \s1 Yesu Hyɛ Ne Wu Ne Ne Wusɔre Ho Nkɔm \p \v 31 Afei ofii ase kaa Onipa Ba no amane a obehu ne mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no po a wɔbɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so wasɔre no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. \v 32 Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara anhintaw wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn bisaa no se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?” \p \v 33 Yesu dan ne ho hwɛɛ nʼasuafo no kaa Petro anim se, \wj “Fi me so, Ɔbonsam! Wʼadwene yɛ nea efi onipa na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.”\wj* \s1 Ahopaakyi \p \v 34 Afei ɔfrɛɛ nʼasuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se: \wj “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasennua, na odi mʼakyi.\wj* \v 35 \wj Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na nea me ne asɛmpa no nti, ɔbɛhwere ne kra no, wobegye no nkwa.\wj* \v 36 \wj Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya?\wj* \v 37 \wj Dɛn na ɛsom bo sen ne kra?\wj* \v 38 \wj Na obiara a saa nnabɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no aniwu, bere a me ne mʼabɔfo kronkron no bɛsan aba wɔ mʼAgya anuonyam mu no.”\wj* \c 9 \s1 Yesu Anuonyam Hyerɛn \p \v 1 Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Mo a mugyina ha yi mu bi bɛtena ase akosi sɛ mubehu sɛ, Onyankopɔn ahenni no reba tumi mu!”\wj* \p \v 2 Nnansia akyi na Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no na obiara nka wɔn ho. Ɛhɔ ara na Yesu anuonyam hyerɛn wɔ wɔn anim. \v 3 Nʼatade hyerɛn yɛɛ fitafita sen sɛnea obi betumi ahoro saa atade no ama ayɛ. \v 4 Afei Elia ne Mose befii hɔ. Na wɔne Yesu kasae! \p \v 5 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese abiɛsa wɔ ha, wo de baako, Mose de baako na Elia de baako.” \v 6 Esiane sɛ na wɔabɔ hu no nti na ɛma ɔkaa saa. \p \v 7 Na omununkum bɛkataa wɔn so. Nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba. Muntie no.” \p \v 8 Mpofirim a wɔhwɛɛ wɔn ho no, wɔanhu obiara ka Yesu ho. \p \v 9 Wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se wɔnnka nea wɔahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ ɔbɛsɔre afi awufo mu. \v 10 Asuafo no anka ankyerɛ obiara na mmom, ɛyɛ a na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho se, nʼasɛm a ɔkae se, “Menyan afi awufo mu” no, na ɔkyerɛ dɛn? \p \v 11 Na nʼasuafo no bisaa no nea enti a mmara no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Elia san ba kan. \p \v 12 Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yiye. Ɔkae se, \wj “Ɛno de, na adɛn nti na wɔakyerɛw se Onipa Ba no behu amane bebree na wɔapo no?\wj* \v 13 \wj Nanso mise mo sɛ, Elia aba dedaw! Na wɔne no anni no yiye sɛnea adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm no.”\wj* \s1 Yesu Sa Abarimaa Bi A Ɔwɔ Honhommɔne Yare \p \v 14 Bere a wosian beduu bepɔw no ase hɔ no, wohuu sɛ nnipakuw atwa asuafo a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfo no regye wɔn ho wɔn ho akyinnye. \v 15 Bere a nnipakuw no huu Yesu no wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika behyiaa no. \p \v 16 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Akyinnye a na moregye no fa dɛn ho?”\wj* \p \v 17 Nnipa no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sɛ sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa. \v 18 Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, etwa no hwe fam ma nʼano twa ahuru, twɛre ne se a wasinsen. Ɛno nti mesrɛɛ wʼasuafo no se wontu honhommɔne no mfi ne mu, nanso wɔantumi.” \p \v 19 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”\wj* \p \v 20 Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Wɔde no duu Yesu anim ara pɛ na ɔyare no baa denneennen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a nʼano refi ahuru. \p \v 21 Yesu bisaa abarimaa no agya se, \wj “Nnaahe ni a ɔyare yi baa ne so?”\wj* \p Abarimaa no agya buaa Yesu se, “Efi ne mmofraase pɛɛ; \v 22 na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu pɛ sɛ ekum no. Enti sɛ wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn.” \p \v 23 Yesu bisaa no se, \wj “Adɛn nti na woka se sɛ metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ hɔ ama obiara a ogye di.”\wj* \p \v 24 Abarimaa no agya buae se, “Mewɔ gyidi nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!” \p \v 25 Yesu huu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, \wj “Honhommɔne ɔsotifo ne mumu, mehyɛ wo sɛ, fi abofra yi mu kɔ. Nkɔhyɛ ne mu bio!”\wj* \p \v 26 Afei ɔyare no baa denneennen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufo. Nnipakuw no kasaa huhuhuhu se, “Wawu.” \v 27 Na Yesu soo ne nsa pagyaw no ma ogyinaa ne nan so a ne ho atɔ no. \p \v 28 Eyi akyi a Yesu ne nʼasuafo no nko ara wɔ fie no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu saa honhommɔne no?” \p \v 29 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mpaebɔ nko ara na ebetumi atu saa ɔyare yi.”\wj* \s1 Yesu Wu Ho Nkɔmhyɛ \p \v 30 Yesu fii hɔ no ɔfaa Galilea, efisɛ na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka. \v 31 Na ɔpɛ sɛ onya bere ma nʼasuafo no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so no ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.”\wj* \v 32 Asuafo no ante asɛm a ɔkae yi ase, nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase. \s1 Hena Ne Ɔkɛse \p \v 33 Yesu ne nʼasuafo no baa Kapernaum. Bere a woduu ofi a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafo no se, \wj “Yɛreba no dɛn akyinnye na na moregye wɔ ɔkwan so no?”\wj* \v 34 Asuafo no antumi ammua efisɛ na wɔredwinnwen nea ɔbɛyɛ wɔn mu ɔkɛse no ho. \p \v 35 Ɔtenaa ase frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanyin wɔ mo mu no ɛsɛ sɛ ɔyɛ abofra anaa ɔsomfo wɔ mo mu!” \p \v 36 Afei ɔde abofra ketewa bi begyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abofra no kyerɛɛ wɔn kae se, \v 37 \wj “Mo mu biara a me nti obegye abofra ketewa sɛ oyi no agye me, na nea obegye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no.”\wj* \s1 Nea Ontia Yɛn No Wɔ Yɛn Afa \p \v 38 Yohane a ɔyɛ asuafo no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yehuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne nti yɛka kyerɛɛ no se onnyae, efisɛ ɔnka yɛn ho.” \p \v 39 Yesu kae se, \wj “Munnsiw no kwan. Efisɛ obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwonwade wɔ me din mu na obetwa ne ho atia me.\wj* \v 40 \wj Na obiara a ontia yɛn no wɔ yɛn afa.\wj* \v 41 \wj Obiara a esiane sɛ, moyɛ Kristo de no nti ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no akatua remmɔ no da.\wj* \p \v 42 \wj “Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi mu bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, atow no akyene po mu.\wj* \v 43 \wj Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wɔde wo nipadua nyinaa bɛto amanehunu gya\wj* \v 44 \wj a ennum da no mu.\wj* \v 45 \wj Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ, wode nan abien bɛkɔ amanehunu gya\wj* \v 46 \wj a ennum da no mu.”\wj* \v 47 \wj Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu\wj* \v 48 \wj baabi a\wj* \q1 \wj “ ‘ogya no ennum da\wj* \q2 \wj na ɛhɔ asunson nso nwu da.’\wj* \m \v 49 \wj Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.\wj* \p \v 50 \wj “Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛso nni mfaso bio; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti monnyera mo dɛ. Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.”\wj* \c 10 \s1 Awaregyae Ho Asɛmmisa \p \v 1 Afei Yesu fii Galilea twa baa Yudea fam nohɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuw baa ne nkyɛn, na sɛnea ɔtaa yɛ no ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. \p \v 2 Farisifo bi baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Wopene awaregyae so ana?” Wobisaa no eyi de sɔɔ no hwɛe. \p \v 3 Yesu nso bisaa wɔn se, \wj “Dɛn na Mose ka faa awaregyae ho?”\wj* \p \v 4 Wobuae se, “Mose kaa se eye sɛ wogyae aware. Nʼasɛm a ɔkae ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere aware a ɔnkyerɛw awaregyae krataa mfa mma ne yere no.” \p \v 5 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Adɛn nti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo nea enti a ɔkaa saa. Esiane mo koma a apirim no nti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo.\wj* \v 6 \wj Nanso eyi mfi Onyankopɔn. Efi adebɔ mfiase na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea kaa wɔn bɔɔ mu.\wj* \v 7 \wj Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na,\wj* \v 8 \wj na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.\wj* \v 9 \wj Na nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ onipa tetew mu.”\wj* \p \v 10 Akyiri a na ɔne nʼasuafo no wɔ fie no, asuafo no bisaa no saa asɛm koro no ara bio. \v 11 Obuaa wɔn se, \wj “Sɛ obi gyaa ne yere aware na ɔsan ware obi foforo a na wabɔ aguaman.\wj* \v 12 \wj Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu aware na ɔsan ware a, na ɔno nso abɔ aguaman saa ara.”\wj* \s1 Yesu Hyira Mmofra Nkumaa \p \v 13 Na awofo bi de mmofra nkumaa brɛɛ Yesu se onhyira wɔn, nanso nʼasuafo no pampam wɔn a wɔde mmofra no bae no, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnnhaw no. \v 14 Yesu huu nea nʼasuafo no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.\wj* \v 15 \wj Mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni no sɛ abofra no, ɔrentumi nhyɛn mu.”\wj* \v 16 Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn. \s1 Adefo Ne Ɔsoro Ahenni No \p \v 17 Na osii mu sɛ ɔrekɔ baabi foforo no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” \p \v 18 Yesu bisaa no se \wj “Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn.\wj* \v 19 \wj Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wunim mmaransɛm no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’ ”\wj* \p \v 20 Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so.” \p \v 21 Yesu hwɛɛ aberante yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Aka wo ade baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi mʼakyi.”\wj* \p \v 22 Aberante no tee saa asɛm no nʼanim sesae, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree. \p \v 23 Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!”\wj* \p \v 24 Asɛm a Yesu kaa no maa asuafo no ho dwiriw wɔn. Yesu san kaa bio se, \wj “Me mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?\wj* \v 25 \wj Na ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”\wj* \p \v 26 Asuafo no ho dwiriw wɔn mmoroso na wobisaa no se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?” \p \v 27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae se, \wj “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”\wj* \s1 Yesu Akyidi Mu Akatua \p \v 28 Afei Petro fii ase kenkan nneɛma a ɔne asuafo no agyaw abedi Yesu akyi. Ɔkae se, “Yagyaw biribiara abedi wʼakyi.” \p \v 29 Yesu nso buaa no se, \wj “Merema mo ate ase sɛ, obi nni hɔ a me nti wagyaw ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛna, agya ne mma anaasɛ agyapade a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no,\wj* \v 30 \wj na ɔrennya ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, mma ne nsase mmɔho ɔha, na ɔrennya ɔtaa nso nka ho! Eyinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu de, obenya nkwa a enni awiei.\wj* \v 31 \wj Na adikanfo pii bedi akyi, na akyikafo abedi kan.”\wj* \s1 Yesu Wu Ne Ne Wusɔre Ho Nkɔmhyɛ A Ɛto So Abien \p \v 32 Afei wosii mu sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn kan; na bere a asuafo no di nʼakyi no, ehu ne osuro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsan kaa nneɛma a sɛ wodu Yerusalem a ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn. \v 33 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Sɛ yedu hɔ a wobeyi me, Onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me.\wj* \v 34 \wj Wobedi me ho fɛw, na wɔatete ntasu agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me, na nnansa so no, masɔre bio.”\wj* \s1 Yakobo Ne Yohane Abisade \p \v 35 Afei Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔe bi.” \p \v 36 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”\wj* \p \v 37 Wobuae se, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahenni mu hɔ!” \p \v 38 Yesu maa wɔn mmuae se, \wj “Munnim nea mubisa no! Mubetumi anom awerɛhow kuruwa nwenweenwen a ɛsɛ sɛ menom ano no ana? Anaasɛ mubetumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”\wj* \p \v 39 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yebetumi!” \p Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mubetumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo;\wj* \v 40 \wj nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie hɔ ama wɔn no.”\wj* \p \v 41 Asuafo a wɔaka no tee nea Yakobo ne Yohane kobisaa no, anyɛ wɔn dɛ. \v 42 Enti Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Munim sɛ ahene ne atumfo a wɔwɔ wiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so,\wj* \v 43 \wj nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo.\wj* \v 44 \wj Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panyin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa.\wj* \v 45 \wj Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”\wj* \s1 Onifuraefo Bi Adehu \p \v 46 Yesu ne nʼasuafo no beduu Yeriko. Wɔrefi kurow no mu no, nnipakuw tu dii wɔn akyi. Saa bere a Yesu retwa mu no, na onifuraefo Bartimeo a ne din nkyerɛase ne “Timoteo ba” no te kwankyɛn resrɛsrɛ ade. \v 47 Bere a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasareni na ɔretwam no, ofii ase teɛteɛɛ mu se, “Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ!” \p \v 48 Nnipa no bi teɛteɛɛ no se, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu dennen se, “Dawid ba, hu me mmɔbɔ!” \p \v 49 Bere a Yesu tee ne nne no, ogyina kae se, \wj “Momfrɛ no mma me.”\wj* \p Wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!” \v 50 Bartimeo tow ne ntama gui, sɔre baa Yesu nkyɛn. \p \v 51 Yesu bisaa no se, \wj “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?”\wj* \p Onifuraefo no buae se, “Kyerɛkyerɛfo, mepɛ sɛ mihu ade!” \p \v 52 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Kɔ, na wo gyidi agye wo.”\wj* Na ntɛm ara onifuraefo no huu ade, na odii Yesu akyi. \c 11 \s1 Yesu Kɔ Yerusalem Sɛ Ɔhene \p \v 1 Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yerusalem, na woduu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔw no ho no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu dii wɔn anim kan. \v 2 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum ba bi a wɔntenaa ne so da hama. Monsan no na momfa no mmrɛ me.\wj* \v 3 \wj Na sɛ obi bisa mo se dɛn na moreyɛ a, monka no tiaa se, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsan de no aba mprempren ara.’ ”\wj* \p \v 4 Asuafo baanu no sii mu. Wokohuu sɛ aboa no sa ofi bi abobow ano. Enti wɔsan no. \v 5 Wogu so resan no no, nnipa bi a wogyina nkyɛn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan afurum ba no?” \v 6 Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn ase. \v 7 Wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu maa asuafo no de wɔn ntama guu aboa no so, maa Yesu tenaa no so. \v 8 Nnipakuw a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. \v 9 Na Yesu di nnipakuw no mfimfini a wɔn nyinaa reteɛteɛ mu se, \q1 “Hosiana!”\f + \fr 11.9 \fr*\ft Nkamfo\ft*\f* \b \q1 “Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!” \b \q1 \v 10 “Anuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahenni reba.” \b \q1 “Hosiana wɔ sorosoro!” \p \v 11 Yesu koduu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefi hɔ, efisɛ, na onwini redwo enti ɔne asuafo dumien no kɔɔ Betania. \s1 Yesu Dome Borɔdɔma Dua \p \v 12 Ade kyee anɔpa a wɔrefi Betania hɔ no, ɔkɔm dee no. \v 13 Wɔkɔɔ kakra no, ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so ana. Nanso oduu hɔ no ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Saa bere no nso na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no sow. \v 14 Yesu domee borɔdɔma dua no se, \wj “Efi nnɛ, worensow aba bio!”\wj* Asuafo no tee asɛm a ɔkae no. \s1 Yesu Kɔ Hyiadan Mu \p \v 15 Yesu san baa Yerusalem no, ɔkɔɔ hyiadan mu hɔ. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, \v 16 siw kwan sɛ obiara mmedi gua wɔ hɔ bio. \v 17 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae,’ nanso mo de, mode hɔ ayɛ akorɔmfo atenae.”\wj* \p \v 18 Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo tee nea Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔw, pɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayi no afi hɔ. Asɛm a na ɛhaw wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yiye nso a, ɛde basabasayɛ bɛba, efisɛ na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no ato mu. \p \v 19 Sɛnea na wɔtaa yɛ no, anwummere no ara, wofii kurow no mu. \s1 Borɔdɔma Dua A Ewui No \p \v 20 Anɔpa a asuafo no retwa mu wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wuhuu sɛ awu. \v 21 Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteɛɛ mu se, “Hwɛ, Kyerɛkyerɛfo! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!” \p \v 22 Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Sɛ mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu a,\wj* \v 23 \wj anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. Munnye nni; mommma mo gyidi nhinhim.\wj* \v 24 \wj Muntie nea mereka yi. Biribiara a mubebisa wɔ mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mo nsa aka, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.\wj* \v 25 \wj Na sɛ morebɔ mpae a, nea edi kan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a momfa nkyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.\wj* \v 26 \wj Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.”\wj* \s1 Yesu Tumi Ho Nsɛmmisa \p \v 27 Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ hyiadan mu hɔ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne nkyɛn bebisaa no se, \v 28 “Tumi bɛn na wugyinaa so pam aguadifo no?” \p \v 29 Yesu nso buaa wɔn se, \wj “Merebebisa mo asɛm baako bi na mummua me!\wj* \v 30 \wj Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane, anaa ɛnyɛ ɔno? Mummua me!”\wj* \p \v 31 Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka se, Onyankopɔn na ɔsomaa no a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni. \v 32 Na sɛ yɛka se ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a, dɔm no bɛhaw yɛn. Efisɛ wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.” \p \v 33 Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yennim.” \p Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Sɛ munnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuae!”\wj* \c 12 \s1 Bobeturo Mu Akuafo Bi \p \v 1 Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ nnipa no se: \wj “Okuafo bi yɛɛ bobeturo, gyee ban faa ho, na otuu amoa a wokyi bobe mu nsu wɔ mu, sii ɔwɛn aban wɔ mu. Afei ɔde afuw no gyaw akuafo bi tuu kwan.\wj* \v 2 \wj Eduu bere a bobe no bere a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nipa bi se onkogye ne kyɛfa mmrɛ no.\wj* \v 3 \wj Nanso akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe.\wj* \v 4 \wj Okuafo no san somaa onipa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no, pirapiraa no sen nea odi kan no.\wj* \v 5 \wj Onipa a ɔsomaa no bio no de, wokum no. Afoforo a akyiri no wɔkɔe no nso, wɔhwee ebinom, na wokum ebinom nso.\wj* \p \v 6 \wj “Nanso na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn, susuw sɛ wɔbɛfɛre no de nidi ama no.\wj* \p \v 7 \wj “Nanso bere a akuafo no huu no sɛ ɔreba no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no. Momma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn de!’\wj* \v 8 \wj Wɔkyeree no kum no, twee no fii bobe turo mu hɔ kɔtow no kyenee baabi.\wj* \p \v 9 \wj “Mugye di sɛ, sɛ afuw wura no ba a dɛn na ɔbɛyɛ akuafo no? Ɔbɛba abekum wɔn, na ɔde afuw no ama nnipa foforo.\wj* \v 10 \wj Monnkenkan eyi wɔ Kyerɛwsɛm no mu pɛn se:\wj* \q1 \wj “ ‘Ɔbo a adansifo apo no,\wj* \q2 \wj ɛno ara na abɛyɛ dan no twea so tibo;\wj* \q1 \v 11 \wj Awurade na wayɛ eyi,\wj* \q2 \wj na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’ ”\wj* \p \v 12 Na esiane saa bɛ a obui no nti, Yudafo mpanyin no pɛɛ sɛ wɔkyere no, efisɛ wuhuu sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafo atirimɔdenfo no. Nanso na wosuro dɔm no. Eyi ma wogyaa no, na wofii hɔ kɔe. \s1 Towtua Ho Asɛmmisa \p \v 13 Wɔsomaa Farisifo ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. \v 14 Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo a wotaa ka nokware. Nea onipa ka no ntumi nnan wʼadwene. Afei wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yebisa wo se, eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare\f + \fr 12.14 \fr*\ft Na ɛyɛ asɛde sɛ ɔmanfo tua tow ma Romahene. Na towgye nsɔ ani koraa nti Yudafo no bi ampɛ sɛ wobetua, efisɛ na wogye di sɛ tow no tua no na ɛnyɛ Roma den ma wodi ɔman no so.\ft*\f* anaa enye?” \p \v 15 Yesu huu wɔn adwemmɔne no kae se, \wj “Adɛn nti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuae.”\wj* \v 16 Wɔde maa no ma obisaa wɔn se, \wj “Hena mfoni ne nkyerɛw na ɛwɔ so?”\wj* \p Wobuae se, “Kaesare de.” \p \v 17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Ɛno de momfa Kaesare de mma no, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!”\wj* \p Ne mmuae no maa wɔn ho dwiriw wɔn. \s1 Owusɔre Mu Aware Ho Asɛmmisa \p \v 18 Sadukifo a wɔka se owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no se, \v 19 “Kyerɛkyerɛfo, Mose yɛɛ mmara maa yɛn se, sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma mma owufo no. \v 20 Anuanom baason bi tenaa ase. Nea odi kan no waree yere a, ɔne no anwo na owui. \v 21 Nea ɔto so abien no nso waree okunafo no, na ɔno nso ankyɛ na owui a ɔne no anwo. Na nea ɔto so abiɛsa no nso waree no a, ɔne no anwo na owui. \v 22 Eyi kɔɔ so kosii sɛ anuanom yi nyinaa waree ɔbea no, na ɔbea no nso wui. \v 23 Nea yɛpɛ sɛ yehu ne sɛ, owusɔre mu, sɛ wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere?” \p \v 24 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mo mfomso a moyɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ.\wj* \v 25 \wj Sɛ anuanom baason yi ne ɔbea no sɔre fi awufo mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no.\wj* \v 26 \wj Afei nea ɛfa awufo nyan no ho nso, monkenkan Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne nwura a na ɛhyew no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’\wj* \v 27 \wj Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose se, ɛwɔ mu sɛ saa nnipa yi awuwu mfe pii a atwam no de, nanso wɔte ase. Ɛnte saa a anka ɔrenka se ɔyɛ ateasefo Nyankopɔn, na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn. Moayɛ mfomso kɛse.”\wj* \p \v 28 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu baako a ogyina hɔ retie no huu sɛ, wabua wɔn sɛnea ɛfata no, obisaa no se, “Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?” \p \v 29 Yesu buaa no se, \wj “Nea ɛkyɛn ne nyinaa ne nea ɛka se, ‘Israel, tie! Awurade, yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro;\wj* \v 30 \wj na dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no.\wj* \v 31 \wj Na nea ɛto so abien no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”\wj* \p \v 32 Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo no buaa no se, “Owura, woaka nokware sɛ, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforo nka ne ho, \v 33 na minim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afi me koma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sen afɔre biara a wɔbɔ.” \p \v 34 Yesu huu sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Wo ne Onyankopɔn ahenni ntam kwan nware.”\wj* Na saa asɛm yi akyi no, obi antumi ammisa no asɛm biara bio. \s1 Onipa Ba No Ho Asɛmmisa \p \v 35 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, obisaa nnipa no se, \wj “Adɛn na Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba?\wj* \v 36 \wj Efisɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kae se,\wj* \q1 \wj “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se:\wj* \q2 \wj “Tena me nifa so\wj* \q1 \wj kosi sɛ mede wʼatamfo\wj* \q2 \wj bɛyɛ wo nan ntiaso.” ’\wj* \m \v 37 \wj Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”\wj* \p Ɔkwan a ɔfaa so kasaa no maa nnipa no de anigye tiee no. \s1 Mmara Akyerɛkyerɛfo No Kɔkɔbɔ \p \v 38 Bere bi a nnipakuw bi de anigye retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monhwɛ mo ho yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ho! Wɔhyɛ ntade akɛse sɛ asikafo na sɛ wɔnam bagua mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ohyia wɔn no de obu kyia wɔn.\wj* \v 39 \wj Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a wɔtenatena mpanyin agua so, na sɛ wɔkɔ adidi ase a, wɔtena mpanyin tenabea.\wj* \v 40 \wj Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a emu yɛ duru.”\wj* \s1 Ɔbea Kunafo Bi Afɔrebɔ \p \v 41 Da bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa afɔrebɔ adaka a esi hɔ no anim hwɛɛ sɛnea nkurɔfo no de sika regu adaka no mu. Asikafo no de sika a ɛdɔɔso guu mu. \v 42 Ɔbea kunafo hiani bi nso bae, na ɔde sika nketewa abien beguu mu. \p \v 43 Ɔfrɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Saa ɔbea kunafo hiani yi afɔre a ɔbɔe no dɔɔso sen asikafo no nyinaa afɔrebɔde.\wj* \v 44 \wj Na wɔn nyinaa fi nea wɔanya ama abu wɔn so no mu na woyiyii bi de bae, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa na abegu mu no.”\wj* \c 13 \s1 Asɔredan No Sɛe Ne Awieimmere No Nsɛnkyerɛnne \p \v 1 Yesu refi asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafo no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛnea wɔde abo asiesie afasu no.” \p \v 2 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Ɛyɛ nokware de, nanso wobedwiriw saa dan yi agu pasaa.”\wj* \p \v 3 Bere a ɔte Ngo Bepɔw no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bebisaa no se, \v 4 “Bere bɛn na nea woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnne bi bedi kan aba ansa ana?” \p \v 5 Yesu buaa wɔn se, \wj “Monhwɛ yiye na obi annaadaa mo.\wj* \v 6 \wj Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.\wj* \v 7 \wj Akokoakoko besisi mmaa nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛno ne awiei no ho nsɛnkyerɛnne.\wj* \v 8 \wj Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so na asasewosow ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae. Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.\wj* \p \v 9 \wj “Nanso sɛ eyinom fi ase sɛ ɛreba a, monhwɛ yiye! Mobɛkɔ ɔhaw akɛse mu. Esiane sɛ mudi mʼakyi nti, wɔbɛtwe mo akɔ asennii; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanyimfo anim. Saa bere no ne bere pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn.\wj* \v 10 \wj Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di kan du ɔman biara so ansa na awiei no aba.\wj* \v 11 \wj Na sɛ wɔkyere mo de mo begyina asennii a, munninwene nea mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka nea Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo nea monka.\wj* \p \v 12 \wj “Onua beyi onua ama sɛ wonkum no; agyanom nso beyi wɔn mma ama; mma nso beyi wɔn awofo ama sɛ wonkum wɔn.\wj* \v 13 \wj Na esiane sɛ moyɛ me de nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.\wj* \p \v 14 \wj “Enti sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfo, hwɛ yiye! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nguan nkɔ mmepɔw no so.\wj* \v 15 \wj Wɔn a wɔwɔ wɔn afi mu no nguan a wɔnnsan nnkɔ fie hɔ bio nkɔfa biribiara mmfi hɔ.\wj* \v 16 \wj Wɔn a wɔwɔ mfuw mu no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntama wɔ fie.\wj* \v 17 \wj Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu no nnue.\wj* \v 18 \wj Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔw bere.\wj* \v 19 \wj Na ahohia a ɛbɛba saa mmere no mu no, efi bere a Onyankopɔn bɔɔ ade no bi nsii da, na bi nso rensi da.\wj* \p \v 20 \wj “Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso esiane wɔn a wɔayi wɔn no nti, obetwa nna no so.\wj* \v 21 \wj Na sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no ni’ a, mummmua.\wj* \v 22 \wj Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre wɔ mo mu na wɔayɛ anwonwade ahorow, na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ankasa ara mma.\wj* \v 23 \wj Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!\wj* \p \v 24 \wj “Ahohia no akyi no,\wj* \q1 \wj “ ‘owia beduru sum,\wj* \q2 \wj na ɔsram renhyerɛn,\wj* \q1 \v 25 \wj na nsoromma bɛtetew ahwe,\wj* \q2 \wj na wɔbɛwosow wim abɔde ahorow no.’\wj* \p \v 26 \wj “Na nnipa nyinaa behu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne anuonyam nam omununkum mu reba.\wj* \v 27 \wj Na mɛsoma mʼabɔfo akɔ wiase mmaa nyinaa, fi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.\wj* \p \v 28 \wj “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow abɛn.\wj* \v 29 \wj Sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn.\wj* \v 30 \wj Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.\wj* \v 31 \wj Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.\wj* \p \v 32 \wj “Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne me ankasa mpo nnim. Agya no nko ara na onim.\wj* \v 33 \wj Esiane sɛ munnim bere ko a asɛm yi besi nti, munsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no.\wj* \v 34 \wj Me ba no te sɛ ɔbarima bi a otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyɛɛ adwuma maa ne nkoa. Na ɔka kyerɛɛ ne ɔwɛmfo nso se, ɔnwɛn hɔ yiye nkosi sɛ ɔbɛba.\wj* \p \v 35 \wj “Enti mo nso monwɛn, efisɛ munnim bere ko a ofiwura no bɛba. Ebetumi aba sɛ ɔbɛba anwummere, ɔdasu mu, ahemadakye anaa awia.\wj* \v 36 \wj Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda.\wj* \v 37 \wj Asɛm a mede agyaw mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn!’ ”\wj* \c 14 \s1 Wɔbɔɔ Yesu Ho Pɔw \p \v 1 Aka nnaanu na Twam\f + \fr 14.1 \fr*\ft Ɛyɛ afahyɛ bi a wɔde kae bere a Awurade bɔfo betwaa mu faa Hebrifo anim na okunkum wɔn abakan sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraimfo afi mu no. (Hwɛ \+xt 2 Mose 12.11\+xt*)\ft*\f* ne Apiti Afahyɛ a ɛyɛ Yudafo ahomegye nna no adu no, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ nyansa kwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no. \v 2 Nanso wɔkae se, “Yɛrenkyere no afahyɛ no mu, anyɛ saa a ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.” \s1 Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania \p \v 3 Yesu wɔ Betania na ɔne Simon kwatani redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den baa hɔ. Otuu ano, hwie guu Yesu tirim. \p \v 4 Nea ɔbea yi yɛe no anyɛ nnipa a wɔte adidii no mu bi dɛ. Na wɔkae se wasɛe ngo no kwa. \v 5 Wɔkaa bio nso se, “Anka wobetumi atɔn ngo huamhuam yi anya sika pii na wɔde ama ahiafo.” \p \v 6 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Munnyaa no! Adɛn nti na morehaw no wɔ ade pa a ɔyɛe no ho?\wj* \v 7 \wj Mo ne ahiafo a mubetumi aboa wɔn bere biara mu na ɛte. Na me de, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn.\wj* \v 8 \wj Wayɛ nea obetumi. Wadi kan asra me nipadua ama da a wobesie me.\wj* \v 9 \wj Mereka akyerɛ mo se, baabiara a wɔbɛka asɛmpa no wɔ wiase no, wɔde nea ɔbea yi yɛe no bɛkae no akamfo no.”\wj* \s1 Yuda Pene So Sɛ Obeyi Yesu Ama \p \v 10 Afei Yuda Iskariot, asuafo dumien no mu baako, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛnea obeyi Yesu ama wɔn no ho. \v 11 Asɔfo mpanyin no tee asɛm no, ɛyɛɛ wɔn anigye ma wɔhyɛɛ no bɔ. Efi saa bere no, ɔhwehwɛɛ sɛnea obenya Yesu ho kwan, ayi no ama bere a ɛsɛ mu. \s1 Yesu Ne Nʼasuafo Adidi A Etwa To \p \v 12 Apiti Afahyɛ no da a edi kan a wokum Twam Afahyɛ guan no, nʼasuafo bisaa no faako a wɔbɛkɔ akodi Twam Afahyɛ no. \p \v 13 Ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yerusalem se wonkosiesie baabi mma no. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, \wj “Morekɔ kurow no mu a, mubehyia onipa bi a ɔso ahina. Munni nʼakyi.\wj* \v 14 \wj Baabiara a obewura no, monka nkyerɛ ofiwura no se, ‘Yɛn wura asoma yɛn se, yɛmmɛhwɛ dan a wɔasiesie ama yɛn a yebedi Twam Afahyɛ no wɔ mu no.’\wj* \v 15 \wj Ɔbɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu. Ɛhɔ na monyɛ ahoboa mma yɛn.”\wj* \p \v 16 Asuafo baanu no sii mu kɔɔ kurow no mu, na wohuu biribiara sɛnea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ, na wosiesiee Twam no wɔ hɔ. \p \v 17 Eduu anwummere no, Yesu ne dumien no bae. \v 18 Na wɔte hɔ redidi no, Yesu kae se, \wj “Merema mo ate ase sɛ, mo a me ne mo reto nsa adidi yi mu baako beyi me ama.”\wj* \p \v 19 Wɔn nyinaa werɛ howee, na wofii ase bisaa mmaako mmaako se, “Ɛyɛ me ana?” \p \v 20 Obuaa wɔn se, \wj “Ɛyɛ mo dumien a mo ne me reto nsa adidi yi mu baako.\wj* \v 21 \wj Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye!”\wj* \s1 Adidi Kronkron Abɔse \p \v 22 Bere a wɔredidi no, Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubui, na ɔde maa wɔn kae se, \wj “Munnye nni; eyi ne me nipadua.”\wj* \p \v 23 Afei ɔfaa kuruwa a nsa wɔ mu, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn, na wɔn nyinaa nom bi. \p \v 24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Eyi ne me mogya a ɛyɛ apam no mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den a bebree nti wɔrehwie agu.\wj* \v 25 \wj Mereka akyerɛ mo se, merennom saa nsa yi bio da akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”\wj* \p \v 26 Wɔtoo dwom wiee no, wofii hɔ kɔɔ Ngo Bepɔw no so. \s1 Yesu Hyɛ Pa A Petro Bɛpaw No No Ho Nkɔm \p \v 27 Woduu nea wɔrekɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mo nyinaa beguan agya me.” Efisɛ Onyankopɔn nam adiyifo no so kae se,\wj* \q1 \wj “ ‘Mɛbɔ oguanhwɛfo no,\wj* \q2 \wj na nguan no abɔ apete.’\wj* \m \v 28 \wj Na sɛ miwu sɔre a, medi mo anim akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.”\wj* \p \v 29 Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da!” \p \v 30 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Petro, nokware, anadwo yi, ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no, na woapa me mprɛnsa.”\wj* \p \v 31 Petro de anibere kae se, “Merempa wo da! Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo da!” Saa ara na wɔn a aka no nyinaa nso kae. \s1 Yesu Bɔ Mpae Wɔ Getsemane \p \v 32 Yesu ne nʼasuafo no duu faako a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Montena ha, na merekɔbɔ mpae aba.”\wj* \v 33 Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho fii ase yeraw no, na ɔyɛɛ basaa. \v 34 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Awerɛhow ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”\wj* \p \v 35 Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kobutuw fam, bɔɔ mpae se, sɛ ebetumi a, saa ahoyeraw no ntwa ne ho nkɔ. \v 36 Ɔkae se, \wj “Abba, Agya! Wutumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ nea mepɛ.”\wj* \p \v 37 Ɔsan bae no, obehuu asuafo baasa no sɛ wɔadeda. Obisaa Petro se, \wj “Simon, woada? Woantumi ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo?\wj* \v 38 \wj Monwɛn na mommɔ mpae na ɔsɔhwɛfo no anni mo so. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw.”\wj* \p \v 39 Ɔsan kɔɔ bio kɔbɔɔ mpae koro no ara. \v 40 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu sɛ wɔadeda, efisɛ na wɔabrɛbrɛ. Na wonhu nea wɔnka nkyerɛ no. \p \v 41 Ɔsan baa ne mprɛnsa so no, obisaa wɔn se. \wj “Moda so adeda a morehome? Bere a ɛsɛ sɛ mode da no atwa mu. Wɔrebeyi me ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.\wj* \v 42 \wj Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ, nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”\wj* \s1 Wɔkyere Yesu \p \v 43 Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ nʼasuafo no mu baako ne dɔm a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin asoma wɔn ka ne ho a, wokurakura mfoa ne nkontimmaa baa hɔ. \p \v 44 Na Yuda aka akyerɛ wɔn dedaw se, “Nea mefew nʼafono no; ɔno ne nea morehwehwɛ no no. Monkyere no, na munso ne mu yiye mfa no nkɔ.” \v 45 Yuda kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkae se, “Me Wura.” Afei ofew nʼafono, yɛɛ no atuu. \v 46 Ɛhɔ ara, na dɔm a wɔne Yuda nam no soo Yesu mu kyeree no. \v 47 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso ma ɛtewee. \p \v 48 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Meyɛ owudifo nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so rebɛkyere me ana?\wj* \v 49 \wj Adɛn na bere a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankyere me? Nanso eyinom nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.”\wj* \v 50 Asuafo no nyinaa guan gyaa no. \p \v 51 Aberante bi a ɔde nwera akata nʼadagyaw so dii nʼakyi. \v 52 Dɔm a wɔbɛkyeree Yesu no pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso ogyaw ne ntama no maa wɔn, de ne ho saa ara guanee. \s1 Yesu Gyina Ɔsɔfopanyin Anim \p \v 53 Wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfopanyin no anim no, ankyɛ na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi behyiaa hɔ. \v 54 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tew ne ho dii wɔn akyi, na owiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanyin no fi hɔ de ne ho kɔfraa asomfo bi a na wɔreto gya no mu. \p \v 55 Asɔfo mpanyin ne baguafo no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wobenya asɛm bi atia Yesu, na wɔagyina so abu no kumfɔ. Nanso wɔannya bi. \v 56 Nnipa pii bedii adansekurum tiaa Yesu, nanso wɔn nsɛm a wɔkaa no bɔɔ abira. \p \v 57 Afei nnipa no bi kekaa nsɛm a enni mu too ne so se, \v 58 “Yɛtee sɛ ɔkae se, ‘Mebubu asɔredan a wɔde nsa na esii no, na mede nnansa asi foforo a wɔamfa nsa ansi!’ ” \v 59 Na eyi mpo, wɔn adanse no anhyia. \p \v 60 Ɔsɔfopanyin no sɔre gyinaa bagua no mfimfini bisaa Yesu se, “Eyi nso, wunni ho anoyi biara? Dɛn na wowɔ ka?” \p \v 61 Yesu ammua no. Afei, Ɔsɔfopanyin no bisaa no bio se, “Wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no ana?” \p \v 62 Yesu buaa no se, \wj “Mene no, na mubehu me sɛ mete Onyankopɔn nifa, na menam omununkum mu resan aba asase so.”\wj* \p \v 63 Eyi maa Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu kae se, “Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? \v 64 Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no. Dɛn na mowɔ ka?” \p Wɔn nyinaa gye too mu se, ɔsɛ owu. \v 65 Na ebinom tee ntasu guu no so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no se “Wuse woyɛ odiyifo, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfo a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotɔre. \s1 Petro Pa Yesu \p \v 66 Bere a na Petro te adiwo hɔ no, Ɔsɔfopanyin no mmaawa no mu baako baa hɔ; \v 67 na ohuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa, ka kyerɛɛ no se, “Wo nso wo ne Nasareni Yesu no na ɛnam!” \p \v 68 Petro sanee se, “Minnim nea woreka yi ho hwee!” Na ɛhɔ ara na ofii adi kɔtenaa ɔkwan no ano baabi. Saa bere no na akokɔ bɔn nea edi kan. \p \v 69 Abaawa no san huu no wɔ hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no se, “Oyi nso ka wɔn ho. Ɔyɛ Yesu asuafo no mu baako!” \p \v 70 Petro san bio. Ɛkyɛe kakra no, nnipa a wogyina ogya no ho no fii ase ka kyerɛɛ Petro se, “Woka wɔn ho, efisɛ woyɛ Galileani!”\f + \fr 14.70 \fr*\ft Petro kasa na ɛdaa no adi sɛ ɔyɛ Galileani na kɔ a ɔkɔtɔɔ Yudafo mu wɔ adiwo hɔ no na ɛma wohuu sɛ ɔyɛ Yesu akyidini.\ft*\f* \p \v 71 Petro fii ase kekaa ntam, dii nsew se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm yi.” \p \v 72 Mpofirim, na akokɔ bɔn nea ɛto so abien. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa”\wj* no. Na ofii ase sui. \c 15 \s1 Yesu Gyina Pilato Anim \p \v 1 Ade kyee anɔpatutuutu no, asɔfo mpanyin, Yudafo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne agyinatufo hyia dwenee ɔkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa. \p \v 2 Wɔde no duu hɔ no, Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?” \p Yesu buae se, \wj “Mo na muse.”\wj* \p \v 3 Asɔfo mpanyin no kaa nsɛm akɛseakɛse guu no so, nanso wanka hwee. \v 4 Pilato bisaa no bio se, “Enti nsɛm akɛseakɛse a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?” \p \v 5 Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa. \p \v 6 Na ɛyɛ Pilato amanne sɛ, afe biara ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no ma wɔn no wɔ Twam Afahyɛ mu. \v 7 Saa afe no na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ. \v 8 Dɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no se, onyi odeduani baako mma wɔn sɛnea daa ɔyɛ no. \p \v 9 Pilato bisae se, “Minyi ‘Yudafo Hene’ no mma mo ana?” \v 10 Efisɛ na wahu sɛ asɔfo mpanyin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so esiane din a na wagye no nti. \v 11 Nanso asɔfo mpanyin no tuu dɔm no aso se, sɛ wɔde beyi Yesu de, wɔmpere mma wonyi Baraba. \p \v 12 Enti Pilato bisaa wɔn se, “Na sɛ miyi Baraba ma mo a, dɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo hene no?” \p \v 13 Wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu!” \p \v 14 Pilato bisaa wɔn bio se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” \p Wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Bɔ no asennua mu!” \p \v 15 Afei Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a, ɛrenyɛ ye. Bio, na osuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba nti, ogyaa Baraba maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn se wɔnkɔbɔ no asennua mu. \s1 Yesu Ho Fɛwdi \p \v 16 Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo no nyinaa baa hɔ. \v 17 Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nsɔe atenten bi nwenee kyɛw hyɛɛ no. \v 18 Wofii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo hene, wo nkwa so!” \v 19 Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasu guu no so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw. \v 20 Wodii ne ho fɛw wiee no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ no, na wɔde ɔno ara nʼatade hyɛɛ no, de no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu. \s1 Wɔbɔ Yesu Asennua Mu \p \v 21 Wɔrekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɔkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no. \v 22 Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ se Golgota, a ne nkyerɛase ne Nitiri so, hɔ. \v 23 Ɛhɔ na wɔmaa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom, nanso wannom. \v 24 Afei wɔbɔɔ no asennua mu. Eyi akyi, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto. \p \v 25 Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asennua mu. \v 26 Asɛm bi a wɔka too no so na wɔkyerɛw taree nʼasennua no atifi ka se, \pc “YUDAFO HENE NO NI.” \p \v 27 Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, na ɔbaako nso sɛn ne benkum so. \v 28 Eyi maa nea Kyerɛwsɛm no kae se, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfo mu” no baa mu. \v 29 Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosow wɔn ti, dii ne ho fɛw se, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na wuse wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? \v 30 Sɛ wuse wo ho yɛ nwonwa a, ɛno de sian fi asennua no so si fam.” \v 31 Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw se, “Ogye afoforo nanso ontumi nnye ne ho!” \v 32 Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio se, “Agyenkwa! Yudafo hene! Sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni!” Awudifo a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu no mpo dii ne ho fɛw bi. \s1 Yesu Wu \p \v 33 Efi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa no, sum duruu asase no so nyinaa. \v 34 Yesu de nne kɛse teɛɛ mu se, \tl \+wj “Eli, Eli, lama sabaktani?”\+wj*\tl* Ase ne sɛ, \wj “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”\wj* \p \v 35 Wɔn a wogyina hɔ no bi a wɔtee nea ɔkae no kae se, “Muntie sɛ ɔrefrɛ Elia.” \p \v 36 Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkae se, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam ana!” \p \v 37 Yesu de nne kɛse teɛɛ mu bio, na ogyaa ne honhom mu wui. \p \v 38 Ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam.\f + \fr 15.38 \fr*\ft Ntwamtam no twa Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkron no mu (\+xt 2 Mose 26.31-35\+xt*). Ntwamtam no mu tew a ɛtewee no kyerɛ sɛ Kristo kɔ ɔsoro ma yɛn sɛnea ɛbɛma yɛn nso yɛapue wɔ Onyankopɔn anim.\ft*\f* \v 39 Asraafo ha so panyin a na ogyina hɔ no huu ɔkwan a Yesu faa so wui no, ɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!” \p \v 40 Saa bere no na mmea bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. Mmea no bi ne Maria Magdalene, Maria (a ɔyɛ Yakobo Kumaa ne Yosef na), ne Salome. \v 41 Bere a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmea yi dii nʼakyi som no. Saa ara nso na na nnipa bi a wodii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ. \s1 Yesu Sie \p \v 42 Eduu anwummere no, esiane sɛ na ade kye a ɛyɛ Homeda\f + \fr 15.42 \fr*\ft Na ɛyɛ Fida a saa bere no na owigyinae atwa mu na ɛho hia yiye sɛ woyi Yesu amu no fi asennua no so ansa na onwini adwo na ama wɔafi Homeda no ase.\ft*\f* no nti, \v 43 baguani nuonyamfo bi a wɔfrɛ no Yosef, a ofi Arimatea a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no se, ɔmfa Yesu amu no mma no. \v 44 Bere a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafo panyin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no. \v 45 Asraafo panyin no kae se wawu no, Pilato maa Yosef kwan se ɔnkɔfa amu no. \v 46 Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no fii asennua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano. \v 47 Na Maria Magdalene ne Yosef ne na Maria wɔ hɔ bi, na wohuu faako a wɔde Yesu amu no toe. \c 16 \s1 Yesu Asɔre \p \v 1 Ade kyee a Homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo na Maria kɔtɔɔ nnuhuam se wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no. \v 2 Da a edi nnaawɔtwe no kan anɔpahema no, ansa na owia bepue no, wɔde nnuhuam no baa ɔda no so. \v 3 Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, na wɔredwene nea ɛbɛyɛ a wobepirew ɔbo no afi ɔda no ano no ho. \p \v 4 Nanso wɔreyɛ adu hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hui sɛ, obi apirew ɔbo kɛse no afi ɔda no ano. \v 5 Wɔkɔɔ ɔda no mu kohuu aberante bi sɛ ɔhyɛ atade fitaa te nifa so hɔ. Wohuu no no, wɔbɔɔ piriw. \p \v 6 Nanso aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no na morehwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no too hɔ! \v 7 Afei monkɔ na monkɔka eyi nkyerɛ nʼasuafo no ne Petro se, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’ ” \p \v 8 Mmea no de hu ne ahopopo guan fii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa. \s1 Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Maria Magdalene \p \v 9 Kwasida anɔpa na Yesu sɔre fii awufo mu. Onipa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no kan ne Maria Magdalene, ɔbea a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no. \v 10 Maria Magdalene kɔɔ asuafo no nkyɛn kohuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahow, na wɔresu. \v 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, wahu Yesu na ɔte ase. Nanso wɔannye no anni. \s1 Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Asuafo Baanu \p \v 12 Akyiri no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam fi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wohuu no no, mfiase no, wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno, efisɛ na wasakra. \v 13 Akyiri no a wohuu onipa ko a ɔyɛ no, wotuu mmirika san baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkae no, nanso obiara annye wɔn anni. \p \v 14 Akyiri no a asuafo dubaako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidi a wonni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho. \s1 Asomafo No Asɛmpaka \p \v 15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa.\wj* \v 16 \wj Na obiara a ogye di na wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no fɔ.\wj* \v 17 \wj Saa nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye me di no akyi. Wɔde me din betu ahonhommɔne, na wɔakasa kasa foforo.\wj* \v 18 \wj Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”\wj* \s1 Yesu Sorokɔ \p \v 19 Awurade Yesu ne wɔn kasa wiee akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so. \v 20 Eyi akyi no, asuafo no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkae no mu den.