\id MIC - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Mika \toc1 Odiyifo Mika Nhoma \toc2 Mika \toc3 Mika \mt2 Odiyifo \mt1 Mika \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 \nd Awurade\nd* de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika\f + \fr 1.1 \fr*\ft Mika nkyerɛase ne “Hena na ɔte sɛ Awurade,” a ɛfa Samaria ne Yerusalem ho: Saa nkuropɔn abien yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmu a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman abien no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho.\ft*\f* bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho. \b \b \q1 \v 2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, \q2 muntie, asase ne mo a mote so nyinaa. \q1 Otumfo \nd Awurade\nd* redi adanse atia mo, \q2 ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu. \s1 Atemmu A Etia Samaria Ne Yerusalem \q1 \v 3 Monhwɛ! \nd Awurade\nd* fi nʼatenae reba; \q2 ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so. \q1 \v 4 Mmepɔw nan wɔ nʼase, \q2 aku mu paapae \q1 te sɛ ama a aka ogya, \q2 te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so. \q1 \v 5 Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, \q2 ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti. \q1 Yakob nnebɔne ne dɛn? \q2 Ɛnyɛ Samaria ana? \q1 Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea? \q2 Ɛnyɛ Yerusalem ana? \b \q1 \v 6 “Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw, \q2 baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. \q1 Mehwie nʼabo agu obon mu \q2 ama ne fapem ho ada hɔ. \q1 \v 7 Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin; \q2 wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa. \q2 Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa. \q1 Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa, \q2 onya fii nguamanfo akatua mu no nti \q2 wɔde bɛma nguamanfo.” \s1 Osu Ne Awerɛhow \q1 \v 8 Eyinom nti mesu atwa agyaadwo; \q2 mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa. \q1 Mɛworo so sɛ odompo \q2 na masu sɛ patu. \q1 \v 9 Nʼapirakuru no wu ayɛ den; \q2 abedu Yuda. \q1 Abedu me nkurɔfo pon ano \q2 mpo adu Yerusalem ankasa. \q1 \v 10 Monnka no wɔ Gat \q2 munnsu koraa \q1 Mo a mowɔ Bet-Leafra de, \q2 monyantam mfutuma mu. \q1 \v 11 Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu, \q2 mo a mote Safir. \q1 Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue. \q2 Bet-Esel wɔ awerɛhow mu; \q2 efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ. \q1 \v 12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mu \q2 de twɛn mmoa, \q1 efisɛ amanehunu a efi \nd Awurade\nd* hɔ aba \q2 abedu Yerusalem pon ano. \q1 \v 13 Mo a mote Lakis, \q2 munsiesie nteaseɛnam no. \q1 Mone bɔne farebae \q2 ma Ɔbabea Sion, \q1 na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu. \q1 \v 14 Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat, \q2 Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo. \q1 \v 15 Mede nkonimdifo bɛtoa mo; \q2 mo a mote Maresa. \q1 Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo no \q2 bɛba Adulam. \q1 \v 16 Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow, \q2 wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; \q1 mommɔ tikwaw te sɛ opete, \q2 efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛn \q2 akɔ nnommum mu. \c 2 \s1 Onipa Ne Onyankopɔn Nhyehyɛe \q1 \v 1 Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene, \q2 wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so! \q1 Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no, \q2 efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ. \q1 \v 2 Wɔn ani bere mfuw, na wogye. \q2 Na afi nso wɔfa. \q1 Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi, \q2 na wɔn agyapade nso wogye. \q1 \v 3 Enti, sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, \q2 “Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho \q1 na worentumi nyi wo ho mfi mu. \q2 Worentumi nnantew ahantan so bio, \q2 efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne. \q1 \v 4 Saa da no, nnipa bɛserew mo. \q2 Wɔde saa awerɛhow dwom yi \q1 bedi mo ho fɛw se: \q2 ‘wɔasɛe yɛn koraa; \q1 wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu. \q2 Ogye fi me nsam! \q2 Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ” \b \q1 \v 5 Enti morennya obi wɔ \q2 \nd Awurade\nd* asafo mu \q1 a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no. \s1 Atoro Adiyifo \q1 \v 6 “Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka. \q2 “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; \q2 animguase rento yɛn.” \q1 \v 7 Mo Yakobfi, so wɔnka se, \q2 “\nd Awurade\nd* Honhom nni boasetɔ ana? \q2 Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana? \b \q1 “Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ \q2 no yiye ana? \q1 \v 8 Akyiri no me nkurɔfo asɔre \q2 te sɛ ɔtamfo. \q1 Moworɔw ntade pa fi \q2 wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho, \q2 ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono. \q1 \v 9 Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu \q2 fi wɔn afi afɛɛfɛ mu. \q1 Mugye me nhyira \q2 fi wɔn mma nsam afebɔɔ. \q1 \v 10 Sɔre, fi ha kɔ! \q2 Ha nyɛ faako a wɔhome, \q1 efisɛ ho agu fi, \q2 Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio. \q1 \v 11 Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se, \q2 ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’ \q2 ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.” \s1 Ogye Ho Bɔhyɛ \q1 \v 12 “Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob; \q2 nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu. \q1 Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu, \q2 te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea; \q2 nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya. \q1 \v 13 Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim; \q2 wobebu apon no na wɔafi akɔ. \q1 Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim, \q2 \nd Awurade\nd* bɛyɛ wɔn ti.” \c 3 \s1 Akannifo Ne Adiyifo Animka \p \v 1 Afei mekae se, \q1 “Muntie, mo Yakob akannifo, \q2 mo a mudi Israelfi so. \q1 Ɛsɛ sɛ muhu nea ɛyɛ atɛntrenee, \q2 \v 2 Mo a mukyi nea eye na modɔ bɔne \q1 moworɔw me nkurɔfo were \q2 na motetew nam no fi wɔn nnompe ho; \q1 \v 3 mowe me nkurɔfo nam, \q2 mowae wɔn were, \q2 bubu wɔn nnompe mu nketenkete; \q1 mutwitwa wɔn sɛ nam a \q2 mode regu kutu mu.” \b \q1 \v 4 Afei wobesu afrɛ \nd Awurade\nd*, \q2 nanso ɔrennye wɔn so. \q1 Saa bere no ɔde nʼanim besie wɔn, \q2 bɔne a wɔayɛ nti. \p \v 5 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q1 “Adiyifo a \q2 wɔdaadaa me nkurɔfo no de, \q1 obi ma wɔn biribi di a \q2 wɔpae mu ka asomdwoe nsɛm, \q1 na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a, \q2 adiyifo no siesie wɔn ho sɛ wobetu wɔn so sa. \q1 \v 6 Enti ade bɛsa mo a morennya adaeso, \q2 sum beduru mo a morennya ahintasɛm biara. \q1 Owia bɛtɔ ama adiyifo no, \q2 na adekyee bɛdan sum ama wɔn. \q1 \v 7 Adehufo ani bewu \q2 na wobegu asamanfrɛfo anim ase. \q1 Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, \q2 efisɛ mmuae biara mfi Onyankopɔn hɔ mma.” \q1 \v 8 Nanso me de, tumi ahyɛ me ma, \q2 \nd Awurade\nd* Honhom ahyɛ me ma \q1 trenee ne ahoɔden \q2 a mede bɛpae mu aka \q1 Yakob amumɔyɛ ne Israel bɔne. \q1 \v 9 Muntie, mo Yakobfi akannifo, \q2 mo a mudi Israel so, \q1 a mukyi atɛntrenee \q2 na mokyea nea ɛteɛ nyinaa; \q1 \v 10 Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion \q2 ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem. \q1 \v 11 Nʼakannifo no gye adanmude ansa na wobu atɛn, \q2 nʼasɔfo gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, \q1 nʼadiyifo de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. \q2 Nanso wɔdan \nd Awurade\nd*, na wɔka se, \q1 “\nd Awurade\nd* nni yɛn ntam ana? \q2 Ɔhaw biara remma yɛn so.” \q1 \v 12 Na mo nti, \q2 wobefuntum Sion te sɛ afuw, \q1 Yerusalem bɛyɛ nnwiriwii siw, \q2 na asɔredan no pampa bɛyɛ nkɔmoa so nkyɛkyerɛ. \c 4 \s1 \nd Awurade\nd* Bepɔw No \p \v 1 Nna a edi akyi no mu no, \q1 \nd Awurade\nd* asɔredan bepɔw no betim \q2 sɛ mmepɔw no nyinaa ti; \q1 ebegye din aboro nkoko nyinaa, \q2 na nnipa ahorow bɛbɔ yuu akɔ hɔ. \p \v 2 Aman bebree bɛba abɛka se, \q1 “Mommra mma yɛnkɔ \nd Awurade\nd* bepɔw no so, \q2 nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. \q1 Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan \q2 sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” \q1 Mmara no befi Sion aba, \q2 na \nd Awurade\nd* asɛm afi Yerusalem. \q1 \v 3 Obebu amanaman ntam atɛn \q2 na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. \q1 Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw \q2 na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. \q1 Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, \q2 na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. \q1 \v 4 Obiara bɛtena ne bobe \q2 anaa ne borɔdɔma nnua ase, \q1 na obiara remmehunahuna wɔn, \q2 efisɛ, Asafo \nd Awurade\nd* akasa. \q1 \v 5 Amanaman no nyinaa betumi anantew \q2 wɔn anyame din mu, \q1 na yɛn de, yɛbɛnantew \nd Awurade\nd*, \q2 yɛn Nyankopɔn Din mu daa daa. \s1 \nd Awurade\nd* Atirimpɔw \q1 \v 6 “Saa da no,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, \q2 “Mɛboaboa mmubuafo, atukɔfo \q2 ɛne wɔn a mede awerɛhow aba wɔn so ano. \q1 \v 7 Mɛma mmubuafo ayɛ me nkurɔfo wɔ asase no so, \q2 atukɔfo no bɛyɛ ɔman kɛse. \q1 \nd Awurade\nd* bedi wɔn so hene wɔ Sion bepɔw so \q2 afi da no akosi daa. \q1 \v 8 Na wo, nguankuw no abantenten, \q2 Ɔbabea Sion, abandennen, \q1 wɔde wo tete tumidi no bɛsan abrɛ wo; \q2 Ɔbabea Yerusalem nsa bɛsan aka nʼahenni.” \b \q1 \v 9 Adɛn nti na afei woresu dennen, \q2 wunni ɔhene ana? \q1 Wo futufo ayera, na enti \q2 ɔyaw aka wo sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu? \q1 \v 10 Bukabukaw wo mu wɔ yawdi mu, Ɔbabea Sion, \q2 te sɛ ɔbea a awo aka no, \q1 mprempren ɛsɛ sɛ wufi kuropɔn no mu \q2 kɔtena sare so. \q1 Wobɛkɔ Babilonia; \q2 na hɔ na wobegye wo. \q1 Ɛhɔ na \nd Awurade\nd* begye wo \q2 afi wʼatamfo nsam. \b \q1 \v 11 Mprempren de, aman bebree aka abɔ mu atia wo. \q2 Wɔka se, “Wongu Sion ho fi, \q1 na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!” \q1 \v 12 Nanso wonnim \nd Awurade\nd* adwene. \q2 Wɔnte nʼagyinatu ase. \q1 Wonnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi \q2 de kɔ awiporowbea. \q1 \v 13 “Sɔre, na porow, Ɔbabea Sion, \q2 mɛma wo dade mmɛn; \q1 mɛma wo kɔbere tɔte \q2 na wubebubu aman bebree mu nketenkete.” \q1 Wode wɔn mfaso a wɔampɛ no ɔkwan pa so bɛbrɛ \nd Awurade\nd*, \q2 wode wɔn ahonyade bɛbrɛ asase nyinaa so wura. \c 5 \s1 Bɔhyɛhene Bi A Ofi Betlehem \q1 \v 1 Mommoaboa mo asraafo ano, \q2 akofo kuropɔn, \q1 efisɛ atamfo atwa yɛn ho ahyia. \q2 Wɔde abaa bɛbɔ nea odi Israel so no wɔ nʼafono so. \b \q1 \v 2 “Nanso wo, Betlehem Efrata, \q2 ɛwɔ mu sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu de, \q1 nanso wo mu na obi befi ama me \q2 a obedi Israel so, \q2 na nʼase fi teteete.” \b \q1 \v 3 Enti wobɛto Israelfo paahwii, \q2 kosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwo \q1 na ne nuanom mmarima nkae \q2 bɛsan akɔka Israelfo ho. \b \q1 \v 4 Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nguankuw \q2 wɔ \nd Awurade\nd* ahoɔden mu, \q2 wɔ \nd Awurade\nd* ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu. \q1 Na wɔbɛtena asomdwoe mu, na afei \q2 ne kɛseyɛ bedu asase awiei. \b \q1 \v 5 Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoe. \q1 Sɛ Asiriafo bɛtow ahyɛ yɛn asase so, \q2 na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a, \q1 yɛde nguanhwɛfo baason, \q2 mpo asahene baawɔtwe behyia wɔn. \q1 \v 6 Wɔde afoa bedi Asiria asase so, \q2 wɔbɛtwe afoa de adi Nimrod asase so. \q1 Sɛ Asiriafo tow hyɛ yɛn so, \q2 bɔ nsra fa yɛn ahye so a, \q2 obegye yɛn afi wɔn nsam. \b \q1 \v 7 Yakob asefo nkae no \q2 bɛfrafra nnipa bebree mu \q1 te sɛ obosu a efi \nd Awurade\nd*, \q2 te sɛ osu a ɛpete gu sare so \q1 a ɛntwɛn ɔdesani, \q2 na ɔdesani biara rentumi nsiw ho kwan. \q1 \v 8 Wɔbɛkan Yakob asefo nkae no afra aman no mu, \q2 wɔbɛfrafra nnipa bebree mu \q1 te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwae mu, \q2 te sɛ gyata ba a ɔfra nguankuw mu \q1 a ɔbobɔ wɔn tetew wɔn mu \q2 na obiara ntumi nnye wɔn. \q1 \v 9 Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfo so nkonim, \q2 na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa. \p \v 10 “Saa da no,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, \q1 “Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ \q2 na mabubu wo nteaseɛnam. \q1 \v 11 Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so \q2 na madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu. \q1 \v 12 Mɛsɛe wʼabayisɛm \q2 na wo ntafowayi to betwa. \q1 \v 13 Mɛsɛe nsɛsode a wode wo nsa ayɛ \q2 ne abo ahoni a wowɔ no, \q1 na worenkotow nsɔre \q2 wo nsa ano adwuma bio. \q1 \v 14 Metutu Asera abosomnnua no afi wo mu \q2 na masɛe wo nkuropɔn. \q1 \v 15 Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa, \q2 mede abufuw ne abufuwhyew bɛtɔ wɔn so were.” \c 6 \s1 \nd Awurade\nd* Sobo A Ɔbɔ Israel \p \v 1 Muntie asɛm a \nd Awurade\nd* reka: \q1 “Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔw no anim; \q2 momma nkoko nte nea mowɔ ka. \b \q1 \v 2 “Na afei, mmepɔw, muntie \nd Awurade\nd* sobo; \q2 tie, asase nnyinaso a ɛwɔ hɔ daa. \q1 Na \nd Awurade\nd* wɔ asɛm a etia ne nkurɔfo; \q2 ɔrebɔ Israel sobo. \b \q1 \v 3 “Me nkurɔfo, dɛn na mayɛ mo? \q2 Mede adesoa bi asoa mo? Mummua me! \q1 \v 4 Miyii mo fii Misraim \q2 migyee mo fii nkoasom asase so. \q1 Mesomaa Mose bedii mo anim, \q2 Aaron ne Miriam nso. \q1 \v 5 Me nkurɔfo, monkae \q2 afotu a Moabhene Balak mae \q2 ne mmuae a Beor babarima Balaam mae. \q1 Monkae mo kwan a mutu fii Sitim kɔɔ Gilgal, \q2 na munhu \nd Awurade\nd* akwantrenee.” \b \q1 \v 6 Dɛn na memfa mmra \nd Awurade\nd* anim \q2 mmɛkotow ɔsorosoro Onyankopɔn no? \q1 Memfa nantwimma a wadi afe \q2 mmɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ nʼanim ana? \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* ani bɛsɔ adwennini mpempem \q2 ne ngodua mu ngo asuten mpem du ana? \q1 Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔre, \q2 anaa me yafunumma, me kra bɔne nti? \q1 \v 8 Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa. \q2 Na dɛn na \nd Awurade\nd* hwehwɛ afi wo hɔ? \q1 Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu, \q2 na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu. \s1 Israel Afɔdi Ne Asotwe \q1 \v 9 Muntie! \nd Awurade\nd* refrɛ kuropɔn no, \q2 Wo din suro yɛ nyansahu, \q2 “Muntie abaa no ne nea Ɔmaa no tumi no. \q1 \v 10 Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ, \q2 ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana? \q1 \v 11 Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu, \q2 ne asisi nkaribo \q2 na ɔmfa ne ho nni ana? \q1 \v 12 Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; \q2 mo nkurɔfo no yɛ atorofo \q1 na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. \q1 \v 13 Ɛno nti, mafi ase resɛe mo, \q2 Mo bɔne ahorow nti, mɛsɛe mo. \q1 \v 14 Mubedidi, nanso moremmee; \q2 ɔkɔm bɛkɔ so ade mo. \q1 Mobɛboaboa ano, nanso ɛrenkosi hwee, \q2 efisɛ mede nea moakora no bɛma afoa. \q1 \v 15 Mubedua nanso morentwa. \q2 Mubekyi ngodua mu ngo, nanso morensra bi, \q2 mubetiatia bobe so, nanso morennom nsa a mubenya afi mu no bi. \q1 \v 16 Moadi Omri mmara so. \q2 Moayɛ nea wɔyɛɛ wɔ Ahab fi. \q2 Moasua wɔn nneyɛe no bi, \q1 ɛno nti mɛma ɔsɛe aba mo so. \q2 Wɔbɛserew mo nkurɔfo; \q2 na amanaman bebu mo animtiaa.” \c 7 \s1 Israel Ahohia \q1 \v 1 Mayɛ mmɔbɔ! \q1 Mete sɛ otwabere nnuaba tasefo a \q2 otwabere akyi mikodi mpɛpɛ wɔ bobeturo mu; \q1 minnya bobe kasiaw na madi, \q2 borɔdɔma aba a edi kan a mekɔn dɔ nso, saa ara. \q1 \v 2 Wɔapra Onyamefɛrefo nyinaa afi asase so. \q2 Anka ɔbaako a ɔteɛ mpo. \q1 Nnipa nyinaa tetɛw na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; \q2 wɔde ɔtan sunsum wɔn ho wɔn ho mfiri. \q1 \v 3 Nsa abien no nyinaa akokwaw bɔneyɛ mu; \q2 ɔsodifo bisa akyɛde, \q1 otemmufo gye adanmude, \q2 wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ nea wɔpɛ, \q2 wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumɔyɛ ho. \q1 \v 4 Nea oye wɔ wɔn mu no te sɛ ohwirem; \q2 nea ɔteɛ pa ara no, nsɔeban ye sen no. \q1 Wʼatemmuda no aso, \q2 da a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. \q2 Eyi ne bere a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ. \q1 \v 5 Nnye obiara nni; \q2 mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. \q1 Mpo, ɔbea a ɔda wo koko mu no \q2 to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho. \q1 \v 6 Ɔbabarima twiri nʼagya, \q2 Ɔbabea sɔre tia ne na, \q1 asebea nso tia nʼase \q2 onipa atamfo ne nʼankasa ne fifo. \q1 \v 7 Me de, mede anidaso hwɛ \nd Awurade\nd*, \q2 Metwɛn me Nkwagye Nyankopɔn; \q2 na me Nyankopɔn betie me. \s1 Israel Bɛsɔre \q1 \v 8 Mma wʼani nnye, me tamfo! \q2 Mahwe ase de, nanso mɛsɔre. \q1 Sum aduru me de, \q2 nanso \nd Awurade\nd* bɛyɛ me hann. \q1 \v 9 Sɛ mayɛ bɔne atia no nti, \q2 \nd Awurade\nd* abufuw bɛba me so, \q1 kosi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me \q2 na wada me bembu adi. \q1 Ɔde me bɛba hann no mu; \q2 na mehu ne trenee. \q1 \v 10 Afei, mʼatamfo behu \q2 na wɔn ani bewu, \q1 nea osee me sɛ, \q2 “Ɛhe na \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn no wɔ?” \q1 Mʼani behu nʼasehwe; \q2 mpo mprempren no, wobetiatia no so \q2 te sɛ dontori a ɛwɔ mmɔnten so. \b \q1 \v 11 Da a wɔbɛto wʼafasu no bɛba, \q2 da a wɔbɛtrɛw wʼahye mu. \q1 \v 12 Da no, nnipa bɛba wo nkyɛn \q2 afi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, \q1 mpo wobefi Misraim akosi Eufrate \q2 afi po akosi po \q2 ne bepɔw so akosi bepɔw so. \q1 \v 13 Asase no bɛyɛ amamfo, esiane nnipa a wɔtete so \q2 ne wɔn nneyɛe nti. \s1 Mpaebɔ Ne Nkamfo \q1 \v 14 Fa wo pema di wo nkurɔfo anim, \q2 nguan a wɔyɛ wʼagyapade no, \q1 a wɔn nko ara tete kwae mu, \q2 wura frɔmfrɔm adidibea hɔ. \q1 Ma wonnidi wɔ Basan ne Gilead \q2 sɛ tete nna no mu. \b \q1 \v 15 “Mɛyɛ anwonwade akyerɛ wo, \q2 sɛnea meyɛɛ nna a wufi Misraim bae mu no.” \b \q1 \v 16 Aman behu wo na wɔn ani bewu, \q2 wɔn a tumi nyinaa afi wɔn nsa no. \q1 Wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano \q2 na wɔn aso besisiw. \q1 \v 17 Wobedi dɔte sɛ awɔ, \q2 ne mmoa a wɔwea wɔ fam. \q1 Wɔde ahopopo befi wɔn abon mu aba; \q2 wɔde osuro bɛdan wɔn ho ama \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn, \q2 na wobesuro wo. \q1 \v 18 Hena na ɔte sɛ wo, \q2 Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? \q1 Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn. \q2 Wʼabufuw ntena hɔ daa, \q2 na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi. \q1 \v 19 Wubehu yɛn mmɔbɔ bio, \q2 wubetiatia yɛn bɔne so, \q2 na woatow yɛn amumɔyɛ agu po bun mu. \q1 \v 20 Wobɛyɛ ɔnokwafo ama Yakob \q2 na woahu Abraham mmɔbɔ \q1 sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam \q2 teteete no.