\id MAT - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Mateo \toc1 Mateo Asɛmpa No \toc2 Mateo \toc3 Mat \mt1 Mateo \mt2 Asɛmpa No \c 1 \s1 Yesu Kristo Mpanyimfo \li4 \v 1 Yesu Kristo a ofi Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi: \b \li1 \v 2 Abraham ba ne Isak, \li1 Isak ba ne Yakob; \li1 Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom. \li1 \v 3 Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn na ne Tamar. \li1 Peres ba ne Hesron \li1 na Hesron nso ba ne Ram. \li1 \v 4 Ram woo Aminadab, \li1 Aminadab woo Nahson, \li1 Nahson nso woo Salmon. \li1 \v 5 Salmon ne ne yere Rahab woo Boas, \li1 Boas ne ne yere Rut woo Obed, \li1 Obed nso woo Yisai. \li1 \v 6 Yisai ba ne Ɔhene Dawid. \b \li1 Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo. \li1 \v 7 Salomo woo Rehoboam, \li1 Rehoboam woo Abia, \li1 Abia woo Asa. \li1 \v 8 Asa woo Yehosafat, \li1 Yehosafat woo Yoram, \li1 Yoram nso woo Usia \li1 \v 9 Usia ba ne Yotam, \li1 Yotam ba ne Ahas: \li1 Ahas ba ne Hiskia. \li1 \v 10 Hiskia ba ne Manase, \li1 Manase ba ne Amon, \li1 Amon nso ba ne Yosia. \li1 \v 11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn bere a na Yudafo te nnommum mu wɔ Babilon no. \b \li4 \v 12 Wɔn a wofi Babilon nnommum mu bae no akyi awo ntoatoaso ni: \li1 Yekonia woo Sealtiel, \li1 Sealtiel woo Serubabel. \li1 \v 13 Serubabel woo Abihud, \li1 Abihud woo Eliakim, \li1 Eliakim nso woo Asor. \li1 \v 14 Asor ba ne Sadok, \li1 Sadok ba ne Akim, \li1 Akim ba ne Elihud. \li1 \v 15 Elihud ba ne Eleasar, \li1 Eleasar ba ne Matan. \li1 Matan nso ba ne Yakob, \li1 \v 16 Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo. \b \li4 \v 17 Awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Efi Ɔhene Dawid so de besi bere a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awo ntoatoaso yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na efi bere a wotu fii Babilon san baa wɔn man mu bio no de besi Kristo awo so nso yɛ awo ntoatoaso dunan. \s1 Yesu Awo \p \v 18 Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu sɛ awarefo no, ohuu sɛ wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron. \v 19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a odi ne ho ni no ampɛ sɛ obegu Maria anim ase nti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ obegyaa no aware wɔ kokoa mu. \p \v 20 Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwen no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Ɔbɔfo no kae se, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria sɛ wo yere efisɛ ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron. \v 21 Ɔbɛwo ɔbarima na woato no din Yesu, ase ne Agyenkwa, efisɛ ɔno na obegye ne nkurɔfo nkwa afi wɔn bɔne mu.” \p \v 22 Eyi nyinaa baa mu de hyɛɛ nea Awurade nam odiyifo no so kae no ma se: \v 23 “Ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no din Immanuel” a ase ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.” \p \v 24 Bere a Yosef nyan no, ɔyɛɛ sɛnea ɔbɔfo no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fi ma ɔbɛyɛɛ ne yere. \v 25 Nanso Yosef ne Maria anhyia da kosii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.” \c 2 \s1 Anyansafo A Wofi Apuei No \p \v 1 Bere a Ɔhene Herode di ade no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. \v 2 Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma wɔ apuei nohɔ, nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.” \p \v 3 Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaw ɔne Yerusalemfo nyinaa adwene yiye. \v 4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?” \v 5 Wobuaa no se, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea odiyifo no kae: \q1 \v 6 “ ‘Ao kurow Betlehem, wo a \q2 woyɛ otitiriw wɔ Yudaman mu, \q1 wo mu na meyi nea obedi \q2 me man Israel anim ahwɛ wɔn so.’ ” \p \v 7 Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoa mu bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se, \v 8 “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abofra no. Sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.” \p \v 9 Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu wɔ apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no wɔ Betlehem hɔ. \v 10 Bere a wohuu nsoromma no, wɔn ani gyee mmoroso. \v 11 Woduu ofi\f + \fr 2.11 \fr*\ft Anyansafo no ankɔhwɛ Yesu bere a ɔda mmoa adididaka mu sɛnea na amanne te ne sɛnea nguanhwɛfo no kɔhwɛɛ no no. Mmom, asram bi akyi no, wɔkɔhwɛɛ “abofra” no wɔ ne “fi.”\ft*\f* a abofra no ne ne na Maria wɔ mu no, wɔkotow sɔree no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ. \v 12 Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ se wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom. \s1 Wɔbɔ Wɔn Ho Aguaa Wɔ Misraim \p \v 13 Anyansafo no kɔ akyi no, Awurade bɔfo soo Yosef dae se, “Sɔre fa abofra no ne ne na na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkosi sɛ mɛkyerɛ mo bere a mobɛsan aba. Efisɛ Ɔhene Herode rehwehwɛ abofra no akum no.” \p \v 14 Anadwo no ara Yosef faa abofra no ne Maria sii mu kɔɔ Misraim, \v 15 ma wɔtenaa hɔ kosii sɛ Ɔhene Herode wui. Eyi na ɛmaa nea Awurade nam odiyifo no so kae se, “Mafrɛ me Ba afi Misraim” no baa mu. \s1 Betlehem Mmofra No Kum \p \v 16 Herode huu sɛ anyansafo no adaadaa no no, ne bo fuw mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafo se wɔnkɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkokunkum nkokoaa mmarimaa kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea anyansafo no bere a wɔkae sɛ wɔwoo abofra no wɔ mu no kyerɛ no. \v 17 Nea wɔnam odiyifo Yeremia so kae no baa mu se, \q1 \v 18 “Wɔte nne bi wɔ Rama. \q2 Ɛyɛ osu ne agyaadwo; \q1 Rahel resu ne mma; \q2 na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ, \q2 efisɛ wɔnte ase bio.” \s1 Wɔsan Ba Nasaret \p \v 19 Herode wu akyi no, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no se, \v 20 “Sɔre na fa abofra no ne ne na kɔ Israel asase so, efisɛ wɔn a wɔpɛe sɛ wokum abofra no awuwu.” \p \v 21 Yosef faa abofra no ne ne na san kɔɔ Israel asase so bio. \v 22 Yosef tee sɛ Arkelao\f + \fr 2.22 \fr*\ft Ɔhempɔn Herode ba yi dii ade sɛ ɔhene wɔ Yudea ne Samaria mfirihyia du pɛ. (4 AYA–6 YAA) Na ɔyɛ otirimɔdenfo ne nhyɛsotraso. Eyi ma wotuu no ade so maa Yudea bɛyɛɛ Roma mantam a na wotua tow ma Roma Ɔhempɔn no ananmusini.\ft*\f* a ɔyɛ Herode ba na odi hene wɔ Yudea saa bere no mu no, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no dae foforo bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.\f + \fr 2.22 \fr*\ft Yesu bere so no, na Galilea da Ɔman Kronkron no atifi fam.\ft*\f* \v 23 Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea adiyifo no kae se, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu. \c 3 \s1 Osuboni Yohane Asɛnka \p \v 1 Bere a Yesu ne nʼawofo wɔ Nasaret no, Osuboni Yohane bɛkaa asɛm wɔ Yudea sare so se, \v 2 “Monsakra mo adwene; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn” \v 3 Yohane ne nea odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm se, \q1 “Obi nne reteɛ mu wɔ sare so se, \q1 ‘Mommɔ kwan mma Awurade; \q2 momma nʼatempɔn nteɛ!’ ” \p \v 4 Saa bere no na Yohane fura yoma ho nwi ntama bɔ aboa nhoma abɔso. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. \v 5 Yerusalemfo ne Yudeafo ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ sare no so hɔ kotiee asɛm no bi. \v 6 Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. \p \v 7 Yohane huu sɛ Farisifo ne Sadukifo pii reba ne nkyɛn ma wabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awɔ mma! Hena na ɔka kyerɛɛ mo se munguan mfi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no ano? \v 8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. \v 9 Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo. \v 10 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin so sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no. \p \v 11 “Me de, mede nsu na ɛrebɔ wɔn a wɔasakra wɔn su no asu. Nanso nea odi mʼakyi reba no de, ɔso sen me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. \v 12 Obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie, na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no pasaa.” \s1 Yesu Asubɔ \p \v 13 Yesu tee Osuboni Yohane nka no, ofii Galilea baa Asubɔnten Yordan ho sɛ Yohane mmɔ no asu. \v 14 Yohane huu sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu nti ɔkae se, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu na ɛnyɛ me.” \p \v 15 Yesu nso ka kyerɛɛ no se, \wj “Otwa ara na etwa sɛ wobɔ me asu sɛnea ɛbɛyɛ a nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.”\wj* Yesu asɛm a ɔkae no nti, Yohane bɔɔ no asu. \p \v 16 Wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii asu no mu, na hwɛ, ɔsoro buei. Ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian ba ne so sɛ aborɔnoma. \v 17 Ɛhɔ ara, nne bi fi ɔsoro kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani.” \c 4 \s1 Ɔbonsam Sɔ Yesu Hwɛ \p \v 1 Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. \v 2 Saa bere no mu, Yesu dii mmuada adaduanan; awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no. \v 3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.” \p \v 4 Yesu buaa no se, \wj “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ ”\wj* \p \v 5 Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, \v 6 na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huruw fi nea wugyina hɔ si fam, efisɛ, wɔakyerɛw se, \q1 “ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abeso wo mu, \q2 wɔde wɔn nsa bɛma wo so, \q2 na wo nan ampem ɔbo.’ ” \p \v 7 Yesu buaa bio se, \wj “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ ”\wj* \p \v 8 Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne mu anuonyam nyinaa. \v 9 Afei ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo.” \p \v 10 Ɛhɔ ara na Yesu buae se, \wj “Fi me so, Satan! Hu sɛ wɔakyerɛw se, ‘Kotow som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”\wj* \p \v 11 Yesu ano sii no, ɔbonsam gyaw no hɔ kɔe. Ɛno akyi no abɔfo baa Yesu nkyɛn bɛsom no. \s1 Yesu Fi Nʼadwuma Ase Wɔ Galilea \p \v 12 Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea. \v 13 Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom otwaa mu wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so. \v 14 Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae no baa mu sɛ, \q1 \v 15 “Sebulon asase ne Naftali asase, \q2 ɛpo kwan so, Yordan agya, \q2 Galilea a amanamanmufo te hɔ, \q1 \v 16 nnipa a wɔte sum mu no, \q2 Hann kɛse bi apue ama wɔn. \q1 Hann no apue ama \q2 wɔn a wɔte owu asase so.” \p \v 17 Efi saa bere no, Yesu fii nʼasɛnka ase se, \wj “Monsakra mo adwene, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn.”\wj* \s1 Yesu Frɛ Asuafo Baanan \p \v 18 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ apopofo sɛ wɔregu asau wɔ po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea. \v 19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mummedi mʼakyi na mɛsoma mo ama moakoyi nnipa kra.”\wj* \v 20 Ɛhɔ ara wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi ne no kɔe. \p \v 21 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane na ɔbaako nso din de Yakobo sɛ wɔne wɔn agya te ɔkorow mu repempam wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. \v 22 Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya ne ɔkorow no hɔ kodii nʼakyi. \s1 Galilea Asɛnka Ne Ayaresa \p \v 23 Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa nʼanim nyinaa nso. \v 24 Yesu anwonwade a ɔyɛe yi trɛw koduu Siriaman mu nyinaa. Eyi ma wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wotwa, wɔn a wɔyare mmubui ne wɔn a nyarewa ahorow haw wɔn no nyinaa fi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. \v 25 Anwonwade a Yesu yɛɛ yi maa nnipakuw a wofi Galilea ne nkurow “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi. \c 5 \s1 Nhyira Nsɛm \p \v 1 Ohuu nnipakuw no saa no, ɔkɔɔ bepɔw bi so. Ɔtenaa ase no, nʼasuafo no kɔɔ ne nkyɛn. \v 2 Na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn se, \q1 \v 3 \wj “Nhyira ne wɔn a wonim sɛ wɔyɛ ahiafo wɔ honhom mu,\wj* \q2 \wj na wɔn na ɔsoro ahenni yɛ wɔn dea.\wj* \q1 \v 4 \wj Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow,\wj* \q2 \wj na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.\wj* \q1 \v 5 \wj Nhyira ne ahobrɛasefo,\wj* \q2 \wj na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.\wj* \q1 \v 6 \wj Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde,\wj* \q2 \wj na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn.\wj* \q1 \v 7 \wj Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ,\wj* \q2 \wj na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ.\wj* \q1 \v 8 \wj Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew,\wj* \q2 \wj na wɔn na wobehu Onyankopɔn.\wj* \q1 \v 9 \wj Nhyira ne apatafo,\wj* \q2 \wj na wɔn na Onyankopɔn bɛfrɛ wɔn ne mma.\wj* \q1 \v 10 \wj Nhyira ne wɔn a esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn,\wj* \q2 \wj na wɔn na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.\wj* \p \v 11 \wj “Nhyira ne mo a me din mu nti, wɔyaw mo, taa mo, twa atoro, ka asɛmmɔne to mo so.\wj* \v 12 \wj Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho, efisɛ mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Munhu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.”\wj* \s1 Nkyene Ne Kanea \p \v 13 \wj “Mone asase yi so nkyene. Sɛ nkyene dɛ yera a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ nkyene bio? Enye mma hwee bio, gye sɛ wohwie gu na nnipa tiatia so.\wj* \p \v 14 \wj “Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so no ntumi nhintaw.\wj* \v 15 \wj Wɔnnsɔ kanea mfa nsie, na mmom wɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ofi no mu no nyinaa.\wj* \v 16 \wj Saa ara na momma mo nneyɛe pa nna adi mma nnipa nhu na wɔafa so ahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”\wj* \s1 Mmara No Mu Denhyɛ \p \v 17 \wj “Munnsusuw sɛ maba sɛ merebɛsɛe Mmara no anaa Adiyifo no nkyerɛkyerɛ no. Na mmom maba sɛ merebɛhyɛ no ma sɛnea ne nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ.\wj* \v 18 \wj Munhu sɛ ɔsoro ne asase da so wɔ hɔ yi, Mmara no mu biribiara rensakra da kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu.\wj* \v 19 \wj Eyi nti, obiara a obebu mmara nsɛm no mu fa bi so na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso abu mmara nsɛm no mu fa bi so no bɛyɛ akumaa ɔsoro ahenni mu. Na obiara a obedi mmara no so, na ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ama wɔn nso adi mmara no so no bɛyɛ ɔkɛse Ɔsoro Ahenni mu.\wj* \v 20 \wj Enti merebɔ mo kɔkɔ sɛ, sɛ mopɛ sɛ mokɔ ɔsoro ahenni mu de a, gye sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde sen nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ne Farisifo no yɛ.\wj* \s1 Abufuw Ho Mmara \p \v 21 \wj “Mose mmara no ka se, ‘Nea odi awu no, ɔno nso ɛsɛ sɛ wokum no bi.’\wj* \v 22 \wj Na me de, nea mereka ne sɛ, obiara a ne bo befuw ne nua no, wobebu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛyeyaw ne nua no, wɔbɛfrɛ no wɔ mpanyin anim. Afei obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua se, ‘Ogyimifo’ no bɛkɔ amanehunu gya mu.\wj* \p \v 23 \wj “Enti sɛ ɛba sɛ worekɔbɔ afɔre na wokae sɛ wo ne wo nua wɔ asɛm a,\wj* \v 24 \wj gyae afɔre no bɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbɔ mu ansa na woakɔbɔ wʼafɔre no.\wj* \p \v 25 \wj “Sɛ wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asennii ankɔma otemmufo, na otemmufo no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfo nsa, na afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase.\wj* \v 26 \wj Mereka no nokware akyerɛ mo se, ansa na wubefi asennii hɔ no, gye sɛ woatua sika biara a wɔregye afi wo hɔ no.\wj* \s1 Aguamammɔ \p \v 27 \wj “Mose mmara no ka se, ‘Nsɛe aware.’\wj* \v 28 \wj Na me de, nea mereka ne sɛ: Obiara a ohu ɔbea na ne kɔn dɔ no ne koma mu no, abɔ aguaman.\wj* \v 29 \wj Sɛ wʼani baako a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetu atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua no nyinaa akyene amanehunu gya mu.\wj* \v 30 \wj Saa ara nso na sɛ wo nsa a eye to wo hintidua a, eye sɛ wubetwa atow akyene. Efisɛ eye sɛ wobɛhwere wʼakwaa fa bi sen sɛ wɔbɛtow wo nipadua nyinaa akyene amanehunu gya mu.\wj* \s1 Awaregyae \p \v 31 \wj “Mose mmara no ka se, ‘Obiara a obegyaa ne yere no mma no awaregyae krataa.’\wj* \v 32 \wj Na me de, nea mereka ne sɛ, sɛ ɔbarima bi gyaa ne yere a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman na ɔbea no san kɔware bio a, na ɔbarima a ogyaa no no ama ɔbea no asɛe aware. Ɔbarima foforo a ɔbɛware ɔbea no nso asɛe aware saa ara.\wj* \s1 Ɔkasa Mu Nokwaredi \p \v 33 \wj “Bio, Mose mmara no ka se, ‘Mmu bɔ a woahyɛ Onyankopɔn no so, na mmom di bɔ a woahyɛ no no so.’\wj* \v 34 \wj Na me de, nea mereka ne sɛ: Monnka ntam mmfa nhyɛ bɔ. Monnnɔ ɔsoro, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahengua.\wj* \v 35 \wj Monnnɔ fam, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn nan ase agua. Monnnɔ Yerusalem, efisɛ ɛyɛ ɔhenkɛse kuropɔn.\wj* \v 36 \wj Mfa wo ti nka ntam, efisɛ worentumi nnan tinwi baako mpo mma ɛnyɛ fitaa anaa tuntum.\wj* \v 37 \wj Momma mo nsɛm nyɛ ‘Yiw’ anaa ‘Dabi.’ Asɛm biara a wobɛka a ɛnyɛ Yiw anaa dabi no fi ɔbonsam.\wj* \s1 Aweretɔ \p \v 38 \wj “Mose mmara no ka se, ‘Sɛ obi tu wʼani a, tu ne de bi. Sɛ obi tu wo se nso a, tu ne de bi.’\wj* \v 39 \wj Na me de, nea mereka ne se: Mommfa bɔne ntua bɔne so ka! Sɛ obi bɔ wʼaso nifa mu a, dan benkum no nso ma no na ɔmmɔ mu.\wj* \v 40 \wj Sɛ obi ne wo di asɛm gye wʼatade nhyɛase a, worɔw wʼatade nguguso ka ho ma no.\wj* \v 41 \wj Sɛ obi hyɛ wo sɛ, wo ne no nnantew ɔkwansin baako a, wo ne no nkɔ akwansin abien.\wj* \v 42 \wj Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no; obi pɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ biribi a, fa fɛm no.\wj* \s1 Dɔ Wʼatamfo \p \v 43 \wj “Moate sɛ wɔaka se, ‘Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo.’\wj* \v 44 \wj Na me de, nea mereka ne sɛ: monnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo.\wj* \v 45 \wj Eyi bɛma moayɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mma, efisɛ ɔma ne owia pue, ma ne osu tɔ ma nnipa bɔne ne nnipa pa nyinaa pɛ.\wj* \v 46 \wj Sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, akatua bɛn na mubenya? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ?\wj* \v 47 \wj Sɛ mukyia wɔn a munim wɔn nko ara a, nsonoe bɛn na ɛda mo ne afoforo ntam? Ɛnyɛ saa ara na nnebɔneyɛfo nso yɛ?\wj* \v 48 \wj Enti monyɛ pɛ sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ pɛ no.\wj* \c 6 \s1 Nyaatwom Papayɛ Ho Kɔkɔbɔ \p \v 1 \wj “Monhwɛ yiye na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa amfa ampɛ anuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morennya mfaso biara mfi mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nkyɛn.\wj* \p \v 2 \wj “Sɛ woyɛ papa a mmɔ no dawuru sɛnea nyaatwomfo yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔnten so no. Merema mo ate sɛ saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.\wj* \v 3 \wj Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nhu, mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nhu,\wj* \v 4 \wj na wʼagya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.\wj* \s1 Nyaatwom Mpaebɔ Ho Kɔkɔbɔ \p \v 5 \wj “Na sɛ morebɔ mpae a, mommmɔ mpae sɛnea nyaatwomfo gyina asɔredan mu ne mmɔnten so bɔ mpae de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema moate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.\wj* \v 6 \wj Sɛ wobɔ mpae a, hyɛn wo dan mu, na to wo pon mu, na bɔ wʼAgya a wonhu no no mpae, na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm no betua wo ka.\wj* \v 7 \wj Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa bebree, nti nsɛm mu nsusuw sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn betie mo.\wj* \v 8 \wj Mo Agya Nyankopɔn nim nea ehia mo nyinaa ansa na mubisa no.\wj* \p \v 9 \wj “Enti saa ɔkwan yi so na momfa mmɔ mpae:\wj* \q1 \wj “ ‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro,\wj* \q1 \wj wo din ho ntew.\wj* \q1 \v 10 \wj Wʼahenni mmra.\wj* \q1 \wj Nea wopɛ nyɛ wɔ asase so,\wj* \q2 \wj sɛnea ɛyɛ wɔ ɔsoro.\wj* \q1 \v 11 \wj Ma yɛn, yɛn daa aduan nnɛ,\wj* \q1 \v 12 \wj na fa yɛn aka kyɛ yɛn,\wj* \q2 \wj sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.\wj* \q1 \v 13 \wj Nnyaa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.\wj* \q2 \wj Na yi yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.’\wj* \m \v 14 \wj Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomso kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya no de mo mfomso bɛkyɛ mo.\wj* \v 15 \wj Nanso sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomso ankyɛ wɔn a, mo ɔsoro Agya no nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.”\wj* \s1 Nyaatwom Mmuadadi Ho Kɔkɔbɔ \p \v 16 \wj “Sɛ mudi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛnea nyaatwomfo di mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema mo ate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.\wj* \v 17 \wj Sɛ wudi mmuada a, serɛn wo ti, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmfrɔm,\wj* \v 18 \wj na mma nnipa nhu sɛ woredi mmuada, gye wʼAgya a ohu nea woyɛ wɔ kokoa mu nyinaa no nko ara; na wʼAgya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.\wj* \p \v 19 \wj “Monnhyehyɛ mo agyapade wɔ asase yi so, nea ntɛferɛw betumi awe, na ebetumi agye nkannare na asɛe, na akorɔmfo betumi awia.\wj* \v 20 \wj Mmom monhyehyɛ mo agyapade wɔ ɔsoro, nea ntɛferɛw ntumi nwe, na entumi nnye nkannare nsɛe, na akorɔmfo ntumi nwia.\wj* \v 21 \wj Na nea wʼagyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.\wj* \p \v 22 \wj “Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a, na wo nipadua nyinaa yɛ hann.\wj* \v 23 \wj Nanso sɛ wʼaniwa nye a, ɛma wo nipadua no nyinaa dan sum tumm. Enti sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, na wo nipadua no yɛ sum kabii.\wj* \p \v 24 \wj “Obiara ntumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.\wj* \p \v 25 \wj “Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.\wj* \v 26 \wj Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba na wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduan di. Monnsom bo nsen wɔn ana?\wj* \v 27 \wj Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin mpo?\wj* \p \v 28 \wj “Adɛn nti na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ afifide bi sɛ wuram nhwiren, wɔnnwene ntama ho.\wj* \v 29 \wj Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi.\wj* \v 30 \wj Na sɛ Onyankopɔn tumi fura afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena enni hɔ ntama a, mo a mo gyidi sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo nea ehia mo?\wj* \v 31 \wj Enti munnnwinnwen nea mubedi, nea mobɛnom anaasɛ nea mubefura ho.\wj* \v 32 \wj Na wɔn a wonni gyidi no na bere biara wodwen saa nneɛma no ho. Na mo de, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo.\wj* \v 33 \wj Enti monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na ɔde nea ehia mo nyinaa bɛka mo ho.\wj* \v 34 \wj Enti munnnwinnwen ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de nea ehia mo no bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.\wj* \c 7 \s1 Atɛnyi \p \v 1 \wj “Mummmu ntɛn, na afoforo ammu mo ntɛn.\wj* \v 2 \wj Nea mode yɛ afoforo no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.\wj* \p \v 3 \wj “Adɛn na woma dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no haw wo, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho?\wj* \v 4 \wj Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minyi ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ bere a mpuran da wʼani so daa.\wj* \v 5 \wj Nyaatwomni! Di kan yi mpuran a ɛda wʼankasa ani so no ansa na woatumi ahu ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no yiye na woayi ama no.\wj* \p \v 6 \wj “Mommfa nea ɛho tew mma akraman. Saa ara nso na monntow mo nhene pa ngu mprako anim! Wobetiatia so, na wɔadan wɔn ho atow ahyɛ mo so.\wj* \s1 Bisa, Hwehwɛ, Pem \p \v 7 \wj “Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo.\wj* \v 8 \wj Na obiara a obisa no, onya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.\wj* \p \v 9 \wj “Na hena na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo?\wj* \v 10 \wj Anaasɛ obisa no nsumnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da!\wj* \v 11 \wj Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma wɔn a wobisa no no?\wj* \v 12 \wj Enti sɛnea mmara no ne adiyifo no ka no, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.\wj* \s1 Ɔpon Ne Ɔkwan Hiahiaa No \p \v 13 \wj “Ɔkwan teateaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ ɔsoro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛw, na nʼapon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛe mu.\wj* \v 14 \wj Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ hiahiaa na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.\wj* \p \v 15 \wj “Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho.\wj* \v 16 \wj Wɔn nneyɛe na mode behu wɔn, sɛnea mutumi de dua bi aba hu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi ntew bobe wɔ nsɔe so; saa ara nso na worentumi ntew borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛnse so.\wj* \v 17 \wj Dua a ɛwɔ nnyinaso pa no tumi sow aba pa; na dua a enni nnyinaso pa no nso sow aba bɔne.\wj* \v 18 \wj Dua pa ntumi nsow aba bɔne; saa ara nso na dua bɔne ntumi nsow aba pa.\wj* \v 19 \wj Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa de gu gya mu hyew no.\wj* \v 20 \wj Onipa nneyɛe na ɛma wohu ne suban.\wj* \p \v 21 \wj “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu.\wj* \v 22 \wj Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade, ahorow.’\wj* \v 23 \wj Na mabua wɔn se, ‘Minnim mo da. Mumfi me so nkɔ, nnebɔneyɛfo!’\wj* \p \v 24 \wj “Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so.\wj* \v 25 \wj Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no nanso ammu da, efisɛ wosi sii ɔbotan so.\wj* \v 26 \wj Nanso wɔn a wotie nea meka na wonni so no te sɛ ɔkwasea bi a osii ne dan sii nwea so.\wj* \v 27 \wj Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no. Na edwiriw guu fam, bubuu pasaa.”\wj* \p \v 28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn, \v 29 efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ te sɛ obi a okura tumi, na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kyerɛ no. \c 8 \s1 Yesu Sa Nyarewa \p \v 1 Bere a Yesu sian bepɔw no, dɔm dii nʼakyi. \v 2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.” \p \v 3 Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se, \wj “Mɛsa wo yare. Wo ho mfi!”\wj* Amono mu hɔ ara, kwata no fii ne ho. \v 4 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansede no.”\wj* \p \v 5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se, \v 6 “Awurade, mʼabofra abubu gu hɔ a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me.” \p \v 7 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Mɛba abɛsa no yare.”\wj* \p \v 8 Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, “Awurade, memfata sɛ woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den. \v 9 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no.” \p \v 10 Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, \wj “Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da.\wj* \v 11 \wj Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase wɔ ɔsoro Ahenni no mu.\wj* \v 12 \wj Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔde wɔn nsa begu wɔn ti atwa agyaadwo na wɔatow wɔn agu sum kabii mu ama ɔyaw.”\wj* \p \v 13 Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se, \wj “Kɔ fie. Nea wugye di no mmra mu saa mma wo!”\wj* Abofra no ho tɔɔ no saa bere no ara mu! \s1 Yesu Sa Petro Ase Yare \p \v 14 Yesu kɔɔ Petro fi. Ɔkɔtoo sɛ atiridii akyere Petro asebea ma ɔda hɔ. \v 15 Yesu soo ne nsa mu maa atiridii no tu fii no so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn. \p \v 16 Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkae no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. \v 17 Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae se, \q1 “Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw, \q2 na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu. \s1 Yesu Akyidi \p \v 18 Yesu huu sɛ dɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wontwa ɔtare no nkɔ nʼagya nohɔ. \v 19 Ɛhɔ ara Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi!” \p \v 20 Yesu buaa no se, \wj “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”\wj* \p \v 21 Asuafo no mu baako bɛka kyerɛɛ no se, “Owura, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa na mabedi wʼakyi.” \p \v 22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufo.”\wj* \s1 Yesu Brɛ Ahum Ase \p \v 23 Yesu saa nyarewa no wiee no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu na nʼasuafo no dii nʼakyi. \v 24 Prɛko pɛ, ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada. \v 25 Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!” \p \v 26 Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mo a mo gyidi sua, adɛn na moabɔ hu saa?”\wj* Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn. \p \v 27 Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?” \s1 Yesu Tu Ahohommɔne \p \v 28 Yesu ne nʼasuafo no duu asuogya wɔ Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so fii amusiei behyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ. \v 29 Wohuu no pɛ, wofii ase teɛteɛɛ mu se, “Onyankopɔn Ba, dɛn na worehwehwɛ afi yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayade wɔ bere a mmere no nsoe ana?” \p \v 30 Saa bere koro no ara mu, na mprakokuw bi redidi wɔ nkyɛn baabi. \v 31 Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, “Sɛ wutu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuw yi mu.” \p \v 32 Yesu teɛɛ wɔn se, \wj “Mumfi!”\wj* Ɛhɔ ara ahonhommɔne no fii nnipa no mu, kowuraa mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sian bepɔw no, koguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. \v 33 Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa nea asi no kyerɛɛ nkurɔfo. \v 34 Kurom hɔfo no tee nea aba no, wɔbɔɔ twi kɔɔ nea Yesu wɔ hɔ no. Wohuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ omfi wɔn man mu hɔ nkɔ. \c 9 \s1 Yesu De Obubuafo Bi Bɔne Kyɛ No Sa No Yare \p \v 1 Eyi akyi no, Yesu kɔtenaa ɔkorow bi mu kɔɔ Kapernaum, kurow a ɔte mu no mu. \v 2 Oduu hɔ no, ankyɛ biara na nnipa bi de obubuafo bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. Na Yesu huu gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, \wj “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”\wj* \p \v 3 Ɛhɔ ara na Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ hɔ no bi teɛɛ mu se, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!” \p \v 4 Yesu huu nea ɛwɔ wɔn adwene mu no, obisaa wɔn se, \wj “Adɛn nti na modwene bɔne wɔ mo koma mu saa?\wj* \v 5 \wj Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ mede bɔne kyɛ. Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka se, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka se, ‘Sɔre na nantew?’ ”\wj* \v 6 Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ nti. Ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, \wj “Sɔre na bobɔw wo kɛtɛ, na kɔ fie efisɛ masa wo yare.”\wj* \v 7 Amono mu hɔ ara, obubuafo no sɔre bobɔw ne kɛtɛ, sii mu kɔɔ ne fi! \v 8 Nnipadɔm no huu anwonwade yi no, wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa. \s1 Yesu Frɛ Mateo \p \v 9 Yesu fi nea ɔsaa obubuafo no yare hɔ rekɔ no, ohuu ɔbarima towgyeni bi a ɔte atowgyei. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu huu no no, ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Bedi mʼakyi.”\wj* Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi. \p \v 10 Ɛbae sɛ Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ Mateo fi kodidii. Wɔredidi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafo no too nsa didii. \v 11 Farisifo no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfo a wɔte sɛɛ yi?” \p \v 12 Yesu tee no, obuaa wɔn se, \wj “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn.”\wj* \v 13 Ɔsan kaa bio se, \wj “Monkɔhwehwɛ eyi ase wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ mo afɔre ne ayɛyɛde na mepɛ, na mmom ahummɔbɔ.’ Mammɛfrɛ atreneefo, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”\wj* \s1 Mmuadadi Ho Asɛmmisa \p \v 14 Da bi Osuboni Yohane asuafo baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni mmuada, sɛnea yɛne Farisifo di mmuada no?” \p \v 15 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mugye di sɛ, sɛ ayeforokunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ how, na wobua da ana? Bere bi bɛba a wɔbɛfa me afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.\wj* \p \v 16 \wj “Hena na ɔde ntama foforo bɛtare ntama dedaw mu? Saa ntaremu no besunsuan dedaw no mu ama tokuru kɛse abɛda hɔ.\wj* \v 17 \wj Hena na ɔde nsa foforo begu aboa nhoma nsa nkotoku dedaw mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsa no bɛpae nkotoku no ama nsa no ahwie agu, na nkotoku no nso asɛe. Nsa nkotoku foforo\wj*\f + \fr 9.17 \fr*\ft Tete no, na wɔde nsa gu mmirekyi ho nhoma nkotoku mu. Sɛ bobesa no buw a, ɛhoman ma mmoa ho nhoma kotoku no nso homan. Nanso kotoku dedaw a wɔde adi dwuma dedaw ma ahoman no, sɛ wɔde nsa foforo gu mu a, ɛbɛpae. Yesu gyina hɔ ma nneɛma foforo bi a ɛne nhyehyɛe dedaw no bɔ abira.\ft*\f* \wj mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gugu na amma nkotoku no ne nsa no mu biara ansɛe.”\wj* \s1 Ɔbea Bi Ayaresa Ne Ababaa Bi Wunyan \p \v 18 Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛ too Yesu anim se, “Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan.” \v 19 Yesu ne nʼasuafo no ne ɔpanyin no sii mu sɛ wɔrekɔ ɔpanyin no fi. \p \v 20 Wɔrekɔ no, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa nʼakyi, soo nʼatade ano. \v 21 Ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.” \p \v 22 Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ no se, \wj “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidi agye wo. Wo ho atɔ wo.”\wj* Efi saa bere no mu no, ne ho tɔɔ no. \p \v 23 Yesu duu ɔpanyin no fi hɔ a ohuu sɛ nkurɔfo no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, \v 24 ɔkae se, \wj “Obiara mfi adi. Ababaa no nwui. Wada!”\wj* Yesu asɛm a ɔkae yi maa nnipa no serew no. \v 25 Nnipa no nyinaa fii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaa no da hɔ no. Osoo ne nsa. Prɛko pɛ, ababaa no nyanee. \v 26 Saa anwonwade a Yesu yɛe yi trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. \s1 Anifuraefo Baanu Bi Ayaresa \p \v 27 Yesu fi nea onyan ababaa no hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu bi dii nʼakyi teɛteɛɛ mu se, “Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!” \p \v 28 Yesu duu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn se, \wj “Mugye di sɛ metumi ama moahu ade?”\wj* \p Wobuaa no se, “Yiw, Awurade, yegye di!” \p \v 29 Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kae se, \wj “Mo gyidi nyɛ nea mohwehwɛ mma mo!”\wj* \v 30 Amono mu hɔ ara na wɔn ani buebuei. Yesu bɔɔ wɔn ano se, \wj “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara.”\wj* \v 31 Nanso nnipa no fii hɔ pɛ na wɔbɔɔ asɛm no dawuru. \s1 Mum Nifuraefo Bi Ayaresa \p \v 32 Yesu ne nʼasuafo refi adi no, wɔde mum bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no. \v 33 Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mum no kasae. Saa honhommɔnetu yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwonwa ma wɔkae se, “Yenhuu saa anwonwade yi bi da wɔ Israelman mu ha!” \p \v 34 Farisifo no de, wɔkae se, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma nti na otumi tu ahonhommɔne no.” \s1 Adwumayɛfo No Sua \p \v 35 Yesu kyinkyinii nkurow so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔe no, ɔkaa asɛmpa no saa nyarewa ahorow bebree. \v 36 Bere a Yesu huu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ ohuu sɛ ɔhaw ahorow gu wɔn so a, wonhu nea wɔnyɛ ne nea wɔmfa a wobenya mmoa nso. Wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. \v 37 Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua.\wj* \v 38 \wj Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.”\wj* \c 10 \s1 Yesu Soma Asuafo Dumien No \p \v 1 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa. \b \li4 \v 2 Yesu asuafo dumien no din ni: \b \li1 Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; \li1 Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no, \li1 \v 3 Filipo ne Bartolomeo, \li1 Toma ne towgyefo Mateo, \li1 Yakobo, Alfeo ba ne Tadeo, \li1 \v 4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a akyiri no, oyii Yesu mae no. \b \p \v 5 Yesu somaa asuafo dumien no hyɛɛ wɔn se, \wj “Monnkɔ nea amanamanmufo wɔ anaa Samariafo kurow biara mu,\wj* \v 6 \wj na mmom monkɔ Onyankopɔn nguan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn.\wj* \v 7 \wj Monkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn!’\wj* \v 8 \wj Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.\wj* \p \v 9 \wj “Mommmfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho.\wj* \v 10 \wj Mommmfa akwantukotoku anaa ntade anaa mpaboa anaa pema. Ɛsɛ sɛ odwumayɛni didi.\wj* \v 11 \wj Kurow biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ ase no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyi kwan na montena ne nkyɛn kosi da a mubefi hɔ akɔ baabi foforo.\wj* \v 12 \wj Sɛ mokɔ ofi bi mu a, munkyia wɔn se, ‘Asomdwoe nka mo!’\wj* \v 13 \wj Sɛ saa ofi no mufo gye mo fɛw so a, munhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo de a, momfa mo asomdwoe.\wj* \v 14 \wj Sɛ morefi ofi anaa kurow biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporow ofi no anaa kurow no mu mfutuma a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.\wj*\f + \fr 10.14 \fr*\ft Eyi yɛ nea Farisifo yɛ bere a wofi baabiara a wobu sɛ amanamanmufo atena hɔ nti ɛhɔ agu fi no. Ɛyɛ kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma wɔn a wɔpo Awurade asɛm no.\ft*\f* \v 15 \wj Nokware ni, atemmuda no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sen saa kurow no.\wj* \p \v 16 \wj “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma.\wj* \v 17 \wj Nanso monhwɛ yiye wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu.\wj* \v 18 \wj Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma moanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufo no.\wj* \v 19 \wj Sɛ wɔkyere mo a, munnnwinwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu.\wj* \v 20 \wj Asɛm a mobɛka no remfi mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.\wj* \p \v 21 \wj “Onua beyi onua ama na wɔakum no. Saa ara na agyanom nso beyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofo ama wɔakum wɔn.\wj* \v 22 \wj Me nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso nea obetumi agyina pintinn akosi awiei no na wobegye no nkwa.\wj* \v 23 \wj Sɛ wɔtaa mo kurow baako mu a, munguan nkɔ kurow foforo mu. Mereka nokware akyerɛ mo se morenwie Israel nkurow nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.\wj* \p \v 24 \wj “Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso nsen ne wura.\wj* \v 25 \wj Osuani sua ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso sua ne wura. Enti sɛ me a meyɛ ofi no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, dɛn din na wɔremfa mfrɛ mo!\wj* \p \v 26 \wj “Munnsuro wɔn. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoa mu no nyinaa bɛda adi.\wj* \v 27 \wj Nea mereka akyerɛ mo wɔ sum mu yi, monka wɔ hann mu. Nea mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi.\wj* \v 28 \wj Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no.\wj* \v 29 \wj Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Nkasanoma abien bo nyɛ sika kakraa bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a obewu a mo Agya no nnim ho biribi.\wj* \v 30 \wj Mo tinwi mpo, wɔakan ne nyinaa.\wj* \v 31 \wj Enti munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma.\wj* \p \v 32 \wj “Obiara a ɔbɛka se onim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.\wj* \v 33 \wj Na obiara a ɔbɛka se onnim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minnim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.\wj* \s1 Ɛnyɛ Asomdwoe, Ɛyɛ Ɔko \p \v 34 \wj “Munnsusuw sɛ mede asomdwoe na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoe na mmom afoa na mede bae.\wj* \v 35 \wj Maba sɛ mɛma,\wj* \q1 \wj “ ‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya,\wj* \q2 \wj na ɔbabea asɔre atia ne na,\wj* \q1 \wj na ɔbea warefo nso asɔre atia nʼasebea.\wj* \q2 \v 36 \wj Obiara tamfo a ne ho yɛ hu no befi nʼankasa ne fi.’\wj* \p \v 37 \wj “Nea ɔdɔ nʼagya anaa ne na kyɛn me no rentumi nyɛ me de. Saa ara na nea ɔdɔ ne babarima anaa ne babea kyɛn me no rentumi nyɛ me de ara ne no.\wj* \v 38 \wj Sɛ obi amfa nʼasennua na wammedi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me de.\wj* \v 39 \wj Sɛ woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso sɛ me nti wohwere wo kra a, wo nsa bɛka.\wj* \p \v 40 \wj “Obiara a ogye mo no gye me, na nea ogye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no.\wj* \v 41 \wj Sɛ wugye odiyifo bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa nti a, wobetua wo so ka sɛ odiyifo no ara pɛ. Na sɛ wugye nnipa trenee a, wubenya akatua sɛ onipa trenee.\wj* \v 42 \wj Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifo yi mu akumaa bi nsu anom no, onii no akatua remmɔ no da.”\wj* \c 11 \s1 Yesu Ne Osuboni Yohane \p \v 1 Yesu wiee nʼasuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no. \p \v 2 Osuboni Yohane a saa bere no na ɔda afiase no tee anwonwade a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafo bebisaa no se, \v 3 “Wo ne nea ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforo anim?” \p \v 4 Yesu buaa wɔn se, \wj “Monsan nkɔ nkɔka anwonwade a moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane se,\wj* \v 5 \wj anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, na awufo nso nyan. Afei monka nkyerɛ no se, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafo.\wj* \v 6 \wj Monsan nka nkyerɛ no bio se, Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”\wj* \p \v 7 Yohane asuafo no kɔe no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Obisaa wɔn se, \wj “Mokɔɔ sare so no, dɛn na mokɔɔ sɛ morekɔhwɛ? Sare a mframa rebɔ no?\wj* \v 8 \wj Anaa na mususuw sɛ mubehu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfi?\wj* \v 9 \wj Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo.\wj* \v 10 \wj Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se,\wj* \q1 \wj “ ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.\wj* \q2 \wj Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.’\wj* \m \v 11 \wj Nokware ni, nnipa a mmea awo wɔn nyinaa mu, obiara nni hɔ a wagye din sɛ Osuboni Yohane. Nanso nea ɔyɛ aketewa koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu no yɛ ɔkɛse sen no!\wj* \v 12 \wj Na efi bere a Osuboni Yohane fii ase kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfo asu de besi nnɛ no, Ɔsoro Ahenni no de tumi retrɛw na nnipadɔm a wɔn ani abere no refa no anuɔden so.\wj* \v 13 \wj Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifo ne Mose mmara no aka ɔsoro ahenni no ho asɛm dedaw.\wj* \v 14 \wj Sɛ mopɛ sɛ mote nea mereka no ase de a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm se ɔbɛba no.\wj* \v 15 \wj Nea ɔwɔ aso no, ontie!\wj* \p \v 16 \wj “Dɛn ho na metumi de nnɛmmafo yi atoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔte baabi redi agoru. Ɔfa ka kyerɛ ɔfa se,\wj* \q1 \v 17 \wj “ ‘Yɛtoo anigye nnwom maa mo,\wj* \q2 \wj nso moansaw.\wj* \q1 \wj Yɛtoo awerɛhow nnwom nso maa mo,\wj* \q2 \wj nanso moansu.’\wj* \m \v 18 \wj Yohane bae a onnidi na ɔnnom no, wose, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’\wj* \v 19 \wj Onipa Ba no bae a odidi na ɔnom no nso wose, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo fa nnamfo.’ Nanso nea efi Onyankopɔn nyansa mu ba no ma nokware da adi.”\wj* \s1 Korasin, Betsaida Ne Kapernaum, Munnue! \p \v 20 Afei, ofii ase kaa nkurow a ɔyɛɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ nanso wɔansakra wɔn adwene no anim se, \v 21 \wj “Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ no mo mu no, sɛ meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw.\wj* \v 22 \wj Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon!\wj* \v 23 \wj Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ amanehunu kurom. Anwonwade a meyɛɛ no wo hɔ no, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ.\wj* \v 24 \wj Mereka nokware akyerɛ mo se, atemmuda no, Tiro ne Sodom benya gyinabea pa asen mo!”\wj* \s1 Agya No Ayeyi \p \v 25 Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpae se, \wj “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa nokware no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa.\wj* \v 26 \wj Yiw, Agya, wopɛ mu na woma ɛbaa saa.\wj* \p \v 27 \wj “Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ wɔn.\wj* \p \v 28 \wj “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.\wj* \v 29 \wj Momfa me konnua nto mo ho so, na munsua me, efisɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.\wj* \v 30 \wj Efisɛ me konnua yɛ mmerɛw, na mʼadesoa yɛ hare.”\wj* \c 12 \s1 Yesu Yɛ Homeda Wura \p \v 1 Homeda bi, Yesu ne nʼasuafo no kɔfaa aburowfuw bi mu. Wɔnam aburowfuw no mu no, ɔkɔm dee asuafo no ma wɔpenpan aburow no bi wee. \v 2 Farisifo bi huu nea asuafo no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wobisaa Yesu se, “Woahu sɛ wʼasuafo no abu Homeda mmara no so?” \p \v 3 Yesu nso bisaa wɔn se, \wj “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no?\wj* \v 4 \wj Wɔkɔɔ Onyankopɔn fi kodii brodo a wɔde abɔ afɔre, a anka wonni ho kwan sɛ wodi, gye ɔsɔfo nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so bu?\wj* \v 5 \wj Na monnsan nkenkan mfii Mose mmara no mu, sɛ asɔfo a wɔyɛ hyiadan mu adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso?\wj* \v 6 \wj Mereka ama moate ase sɛ, nea ɔkyɛn hyiadan no wɔ ha!\wj* \v 7 \wj Sɛ moate asɛm a ese, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yiye a, anka moremmu wɔn a wonni fɔ no fɔ.\wj* \v 8 \wj Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura.”\wj* \p \v 9 Yesu fii nea ɔwɔ hɔ no kɔɔ hyiadan mu. \v 10 Ohuu ɔbarima bi wɔ ɔdan mu hɔ a na ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yare Homeda ana?”\f + \fr 12.10 \fr*\ft Mmara akyerɛkyerɛfo mma ayaresa ho kwan homeda; gye sɛ wohu sɛ, sɛ wɔansa ɔyarefo no yare da no ara na ade kye a, obewu. Obi a na ne nsa awu no de, na ɛnyɛ nea owu hunahuna no.\ft*\f* Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan atoto nʼano na wɔakyere no! \p \v 11 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mo mu hena na ɔwɔ oguan baako na sɛ ɔkɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɔkwan biara so wobɛkɔ akoyi no.\wj* \v 12 \wj Onipa som bo sen oguan! Eyi nti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.”\wj* \p \v 13 Afei Yesu ka kyerɛɛ nea ne nsa awu no se, \wj “Teɛ wo nsa!”\wj* Ɔyarefo no teɛɛ ne nsa. Ɔteɛɛ ne nsa no ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no. \v 14 Farisifo no fii adi kotuu sɛnea wɔbɛkyere Yesu akum no no ho agyina. \p \v 15 Esiane sɛ na onim pɔw a wɔrebɔ wɔ ne ho no nti, ofii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii nʼakyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefo no nyinaa yare. \v 16 Nanso ɔbɔɔ wɔn ano se wɔmmmɔ nʼanwonwade a ɔyɛɛ no ho dawuru. \v 17 Na nkɔm a Odiyifo Yesaia hyɛɛ no aba mu se: \q1 \v 18 “Monhwɛ mʼakoa a mayi no, \q2 nea medɔ no a me kra ani sɔ no, \q1 mede me honhom begu no so, \q2 na wabu amanaman atɛn. \q1 \v 19 Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛ mu. \q2 Na obi rente ne nne wɔ abɔnten so! \q1 \v 20 Ɔrensɛe demmire a ɛyɛ mmerɛw no. \q2 Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum; \q1 kosi sɛ ɔnam atɛntrenee so de nkonimdi bɛba. \q2 \v 21 Ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidaso.” \s1 Farisifo Ka Se Yesu Yɛ Ɔbonsam \p \v 22 Afei wɔde obi a ɔyɛ mum san yɛ onifuraefo, na honhommɔne nso wɔ ne so brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yare. Yesu saa no yare ma ɔkasae, san huu ade. \v 23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn. Wɔkae se, “Ebetumi aba sɛ Yesu yi yɛ Dawid Ba no, Agyenkwa no ana?” \p \v 24 Nanso Farisifo no tee anwonwade a Yesu yɛe no, wɔkae se, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panyin, Ɔbonsam Beelsebul no so na otu ahonhommɔne.” \p \v 25 Yesu huu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, \wj “Ahemman biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina. Saa ara nso na kurow anaa ofi biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina.\wj* \v 26 \wj Na sɛ ɔbonsam retu ɔbonsam a na ɛkyerɛ sɛ ɔne ne ho na ɛreko de asɛe nʼaheman.\wj* \v 27 \wj Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn.\wj* \v 28 \wj Nanso sɛ menam Onyankopɔn Honhom so na mitu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no aba mo so.\wj* \p \v 29 \wj “Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfo fi mu nkowia no, agye sɛ onipa ko no di kan de hama kyekyere no.\wj* \p \v 30 \wj “Obiara a onni mʼafa no, tia me. Na nea ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.\wj* \v 31 \wj Mereka akyerɛ mo se, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a etia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ.\wj* \v 32 \wj Nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da biara da.\wj* \s1 Dua Ne Nʼaba \p \v 33 \wj “Dua biara aba na wɔde hu ne su. Dua pa sow aba pa na dua bɔne nso sow aba bɔne.\wj* \v 34 \wj Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na abɔnefo sɛ mo atumi aka nea eye ho asɛm? Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.\wj* \v 35 \wj Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi.\wj* \v 36 \wj Mereka makyerɛ mo se, atemmuda no, asɛnhunu biara a obi aka no, obebu ho akontaa.\wj* \v 37 \wj Wʼanom asɛm so na wɔnam bebu wo bem anaa fɔ.”\wj* \s1 Yona Nsɛnkyerɛnne \p \v 38 Da bi, Yudafo mpanyimfo bi a Farisifo bi ka wɔn ho baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi nkyerɛ wɔn. \p \v 39 Yesu buaa wɔn se, \wj “Ɔman a wɔyɛ abɔnefo a wonni gyidi na wɔpɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne. Nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara ka Odiyifo Yona de no ho.\wj* \v 40 \wj Na sɛnea Yona kodii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ Onipa Ba no kodi asase mu nnansa.\wj* \v 41 \wj Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha.\wj* \v 42 \wj Atemmuda no, Sebahemmea bɛsɔre atia ɔman yi, efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.\wj* \p \v 43 \wj “Saa ɔman nnebɔneyɛfo yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne so. Sɛ honhommɔne no tu fi ne mu a, ekyinkyin, hwehwɛ homebea nanso ennya bi.\wj* \v 44 \wj Sɛ ɛba saa a, nea honhommɔne no ka ne se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’ Ɔsan kɔ onipa no mu na ohu sɛ ne mu da mpan, na wɔasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ a,\wj* \v 45 \wj ɔsan nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Eyi ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kan asetena no.”\wj* \s1 Yesu Ne Na Ne Ne Nuanom \p \v 46 Bere a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ ofi bi mu no, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛɛ sɛ wɔne no kasa. \v 47 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.” \p \v 48 Yesu kae se, \wj “Hena ne me na? Ɛhefo ne me nuanom?”\wj* \v 49 Ɔkaa saa no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Eyinom ne me na ne me nuanom.”\wj* \v 50 Ɔsan kaa bio se, \wj “Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛde no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabea ne me na.”\wj* \c 13 \s1 Ogufo Ho Bɛ \p \v 1 Da no ara Yesu fii adi kɔtenaa mpoano. \v 2 Nnipakuw kyeree so wɔ hɔ a ɛmaa no kɔtenaa ɔkorow bi mu a na nnipakuw no nso gyinagyina mpoano hɔ. \v 3 Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ mmebu mu se, \wj “Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba.\wj* \v 4 \wj Ogu so regu no, aba no bi guu ɔkwan mu maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa.\wj* \v 5 \wj Bi nso koguu ɔbotan so. Ankyɛ na aba no fifii.\wj* \v 6 \wj Esiane sɛ na dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so sua no nti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyewee.\wj* \v 7 \wj Aba no bi nso guu nsɔe mu, na nsɔe no nyin no emiaa no.\wj* \v 8 \wj Aba no bi guu asase pa mu. Enyin, sow aba mmɔho aduasa; bi aduosia na afoforo nso ɔha.\wj* \v 9 \wj Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”\wj* \s1 Nea Enti A Yesu Kasa Wɔ Mmebu Mu \p \v 10 Owiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn na daa wonam mmebu so kasa kyerɛ nnipa no?” \p \v 11 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mo de, wɔde Ɔsoro Ahenni ho ahintasɛm ama mo na wɔn de, wɔmmfa mmaa wɔn ɛ.\wj* \v 12 \wj Nea ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ama abu no so. Na nea onni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.\wj* \v 13 \wj Nea enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn mmebu mu no ne sɛ,\wj* \q1 \wj “Wohu de, nanso wonhu;\wj* \q2 \wj wɔte de, na wɔnte ase.\wj* \m \v 14 \wj Wɔn so na ɛnam ama Yesaia nkɔm a ɔhyɛe se,\wj* \q1 \wj “ ‘Ɔte de, mobɛte, nanso morente ase;\wj* \q2 \wj ohu de, mubehu, nanso morenhu no, aba mu.\wj* \q1 \v 15 \wj Efisɛ ɔman yi koma apirim.\wj* \q2 \wj Wɔyɛ asoɔden;\wj* \q2 \wj wɔakatakata wɔn ani.\wj* \q1 \wj Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani behu ade,\wj* \q2 \wj na wɔn aso ate asɛm\wj* \q2 \wj na wɔn koma ate asɛm ase,\wj* \q1 \wj na wɔanu wɔn ho asan aba me nkyɛn na masa wɔn yare.’\wj* \m \v 16 \wj Na mo de, wɔahyira mo ani efisɛ ehu ade; wɔahyira mo aso efisɛ ɛte asɛm.\wj* \v 17 \wj Na me de, mereka akyerɛ mo se, adiyifo ne atreneefo pii pɛɛ sɛ wohu nea muhu no, nanso wɔanhu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte nea mote no, nanso wɔante.\wj* \s1 Ogufo Ho Bɛ No Nkyerɛase \p \v 18 \wj “Afei muntie bɛ a ɛfa ogufo a okoguu aba wɔ nʼafum no no nkyerɛase.\wj* \v 19 \wj Wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte ase no te sɛ aba a eguu ɔkwan mu no. Ɔbɔnefo no ba, behwim nea wɔadua wɔ wɔn koma mu no.\wj* \v 20 \wj Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigye so mu.\wj* \v 21 \wj Nanso asɛm no nnyina wɔ wɔn mu. Eyi nti ɛnkyɛ na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awu nti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa abaw.\wj* \v 22 \wj Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, nanso wiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapade ho dadwen nti ɛmma asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma.\wj* \v 23 \wj Na aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, na wɔte ase. Wɔsow aba mmɔho aduasa; bi aduosia; na afoforo nso, ɔha.”\wj* \s1 Nwura Ho Bɛ \p \v 24 Yesu de bɛ foforo kaa asɛm se, \wj “Ɔsoro Ahenni no te sɛ okuafo bi a oduaa aburow wɔ nʼafum.\wj* \v 25 \wj Da koro anadwo a wada no, ne tamfo nso beduaa nwura fraa aburow a wadua no.\wj* \v 26 \wj Aburow no renyin no, na nwura no nso renyin.\wj* \p \v 27 \wj “Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi wɔ ase!’\wj* \p \v 28 \wj “Okuafo no buae se, ‘Ɔtamfo bi na oduae!’\wj* \p \wj “Apaafo no bisaa no se, ‘Wopɛ sɛ yekotutu saa nwura no ana?’\wj* \p \v 29 \wj “Obuaa wɔn se, ‘Dabi da!’ Anyɛ a na moatutu aburow no bi afra nwura no.\wj* \v 30 \wj Momma ne nyinaa nyin nkosi twabere na mama atwafo ayiyi nwura no afi aburow no mu ahyew no, na wɔde aburow no nso agu asan so.”\wj* \s1 Onyaa Aba Ho Bɛ \p \v 31 Yesu buu wɔn bɛ foforo se, \wj “Ɔsoro Ahenni te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafum.\wj* \v 32 \wj Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ enyin a, ɛyɛ dutan kɛse ma nnomaa kosisi ne mman so.”\wj* \s1 Mmɔkaw Ho Bɛ \p \v 33 Obuu wɔn bɛ foforo se, \wj “Ɔsoro Ahenni te sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.”\wj* \p \v 34 Yesu nam mmebu so ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no. \v 35 Enti ɔhyɛɛ nea adiyifo no ahyɛ ho nkɔm no mma se: \q1 “Mɛkasa mmebu mu, \q2 na maka anwonwade mu ahintasɛm a efi adebɔ mfiase.” \s1 Nwura Ho Bɛ No Nkyerɛase \p \v 36 Afei Yesu fii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ fie. Nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se ɔnkyerɛ wɔn bɛ a ɛfa nwura ne aburow ho no ase. \p \v 37 Yesu buaa wɔn se, \wj “Me Onipa Ba no, mene okuafo a oduaa aburow no.\wj* \v 38 \wj Afuw no ne wiase, na aburow no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahenni no mma; nwura no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma.\wj* \v 39 \wj Ɔtamfo a oduaa nwura fraa aburow no ne ɔbɔnefo no. Otwabere no yɛ wiase awiei; atwafo no ne abɔfo no.\wj* \p \v 40 \wj “Sɛnea asɛnka no mu, wotutuu nwura no fii aburow no mu kɔhyew no no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase awiei.\wj* \v 41 \wj Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfo, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifo nyinaa ano afi Ahenni no mu,\wj* \v 42 \wj na wɔatow wɔn agu ogyatannaa no mu, ahyew wɔn. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.\wj* \v 43 \wj Na atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahenni no mu. Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!”\wj* \s1 Ademude Ne Ahene Pa Ho Mmɛ \p \v 44 Yesu toaa mmebu no so se, \wj “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ademude bi a obi kohuu wɔ afuw bi mu.\wj*\f + \fr 13.44 \fr*\ft Tete no, esiane sɛ na sikakorabea biara nni baabi nti, na wɔde ademude sie fam.\ft*\f* \wj Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, de kɔtɔɔ afuw no.\wj* \p \v 45 \wj “Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ obi a odi nhene pa ho gua a ɔrehwehwɛ nhene pa atɔ.\wj* \v 46 \wj Okonyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahode nyinaa de kɔtɔe!”\wj* \s1 Asaugu Ho Bɛ \p \v 47 Yesu toaa so bio se, \wj “Ɔsoro Ahenni no te sɛ obi a okoguu asau wɔ asu bi mu yii nsumnam ahorow bebree.\wj* \v 48 \wj Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu na ɔtow nea enye no gui.\wj* \v 49 \wj Saa ara na wiase awiei bɛyɛ. Abɔfo no bɛba abɛpaw abɔnefo no afi atreneefo no mu,\wj* \v 50 \wj na wɔatow abɔnefo no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.\wj* \p \v 51 \wj “Mote ase?”\wj* \p Nʼasuafo no buaa no se, “Yiw.” \p \v 52 Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so se, \wj “Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔabɛyɛ mʼasuafo no te sɛ ofiwura a wada nʼagyapade foforo ne dedaw nyinaa adi.”\wj* \s1 Wɔpo Yesu Wɔ Nasaret \p \v 53 Yesu wiee ne mmebu no, ofii faako a ɔwɔ hɔ no. \v 54 Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wotiee no no ho dwiriw wɔn. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na saa ɔbarima yi konyaa nyansa a ɔde yɛ anwonwade sɛɛ yi? \v 55 Ɛnyɛ dua dwumfo no ba no ni? Ɛnyɛ ne na ne Maria? Ɛnyɛ ne nua barimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? \v 56 Ɛnyɛ yɛne ne nuabeanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na okonyaa eyinom nyinaa yi?” \v 57 Wɔn bo fuw no. \p Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Odiyifo wɔ anuonyam baabiara, gye ne man mu anaa ne nkurɔfo mu!”\wj* \p \v 58 Esiane sɛ wɔannye no anni no nti, wanyɛ anwonwade bebree wɔ hɔ! \c 14 \s1 Osuboni Yohane Kum \p \v 1 Bere no mu ara na Herode a na odi hene wɔ Galilea no tee Yesu nka, \v 2 na ɔka kyerɛɛ nʼasomfo ne se, “Oyi yɛ Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu. Eyi nti na wanya tumi foforo de reyɛ anwonwade ahorow yi.” \p \v 3 Saa bere no na Herode ama wɔakyere Osuboni Yohane ato afiase, efisɛ na wakasa atia Herodia ne Herode aware no \v 4 sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere. \v 5 Herode pɛɛ sɛ okum Yohane. Nanso na osuro sɛ, sɛ okum no a basabasayɛ bɛba ɔman no mu. Efisɛ na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo. \p \v 6 Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase na Herodia babea bɛsaw ma a ɛyɛɛ Herode fɛ. \v 7 Eyi maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ se ommisa nea ɔpɛ biara na ɔde bɛma no. \v 8 Ne na maa no kae se, “Fa Osuboni Yohane ti a wɔatwa to prɛte mu ma me wɔ ha.” \v 9 Herode tee asɛm no, ɛyɛɛ no yaw ma ɛhaw no. Nanso esiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no nti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ nea ababaa no hwehwɛ no maa no. \v 10 Herode soma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ. \v 11 Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na. \v 12 Yohane asuafo no bɛfaa nʼamu no kosiee no. Eyi akyi no wɔkɔbɔɔ Yohane wu no ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. \s1 Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan \p \v 13 Yesu tee Osuboni Yohane wu no, ɔtew ne ho kɔtenaa baabi. Nnipa tee ne nka ma wɔnam fam fi wɔn nkurow ne wɔn nkuraa tiw no kɔɔ nea ɔwɔ hɔ. \v 14 Yesu fii ɔkorow no mu baa nea nnipa no wɔ hɔ no. Ohuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Eyi ma ɔsaa ayarefo a wɔwɔ wɔn mu no yare. \p \v 15 Anim rebiribiri no, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade asa awie. Aduan biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kurow biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduan ntɔ nni wɔ nkurow no bi so.” \p \v 16 Yesu buaa wɔn se, \wj “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!”\wj* \p \v 17 Asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Nea yɛwɔ nyinaa yɛ brodo anum ne mpataa abien pɛ.” \p \v 18 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Momfa mmrɛ me.”\wj* \v 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. \v 20 Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. \v 21 Mmarima a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anum a mmea ne mmofra no dodow nka ho. \s1 Yesu Nantew Nsu Ani \p \v 22 Nnipadɔm no didi wiee pɛ na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔntena ɔkorow no mu nni kan ntwa nkɔ asuogya nohɔ na ɔno de, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan. \v 23 Ogyaa wɔn kwan wiee no, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Onwini dwoe no, na aka Yesu nko ara wɔ nea ɔwɔ hɔ. \v 24 Saa bere no na ɔkorow a asuafo no te mu no adu akyiri. Mframa fii ase bɔɔ dennen maa po no bɔɔ asorɔkye dwiradwiraa ɔkorow no a asuafo no te mu no. \p \v 25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan bere mu no, Yesu nantew po no ani baa asuafo no nkyɛn. \v 26 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani reba wɔn nkyɛn no wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. Ɛmaa wɔde hu teɛteɛɛ mu. \p \v 27 Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”\wj* \p \v 28 Petro ka kyerɛɛ no se, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka kyerɛ me na me nso memfa asu no ani mmra wo nkyɛn.” \p \v 29 Yesu ka kyerɛɛ Petro se, \wj “Bra!”\wj* \p Petro fii ɔkorow no mu sii asu no ani, nantew sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. \v 30 Nanso ohuu mframa a ɛrebɔ no ne ho popoe. Ofii ase sɛ ɔremem. Ɔteɛteɛɛ mu, frɛɛ Yesu se, “Awurade, gye me na meremem!” \p \v 31 Ɛhɔ ara, Yesu teɛɛ ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro se, \wj “Wo a wo gyidi sua, adɛn na wunnye me nni?”\wj* \p \v 32 Yesu ne Petro kɔtenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee bɔ. \v 33 Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!” \s1 Genesaret Ayaresa \p \v 34 Wotwaa asu no baa Genesaret. \v 35 Yesu duu hɔ no, ankyɛ na nkurow a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefo nyinaa brɛɛ no. \v 36 Ayarefo no srɛɛ Yesu se ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den. \c 15 \s1 Nea Egu Obi Ho Fi \p \v 1 Da bi, Farisifo ne Yudafo mpanyin no bi fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, \v 2 “Adɛn nti na wʼasuafo no nni Yudafo amanne so? Yɛn amanne a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wonni so.” \p \v 3 Yesu nso bisaa wɔn se, \wj “Adɛn nti na mo nso mode mo amanne no bu Onyankopɔn mmaransɛm so?\wj* \v 4 \wj Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofo ho no, ɛsɛ sɛ wokum no,’\wj* \v 5 \wj Na mo de, nea moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne na anaa nʼagya se, ‘Mewɔ ade bi a anka metumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne.\wj* \v 6 \wj Enti mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo na ni no so.\wj* \v 7 \wj Mo nyaatwomfo! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ,\wj* \q1 \v 8 \wj “ ‘Saa nnipa yi ka sɛ wodi me ni,\wj* \q2 \wj nanso wɔn koma mmɛn me.\wj* \q1 \v 9 \wj Wɔsom me ani so kɛkɛ,\wj* \q2 \wj efisɛ wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.’ ”\wj* \p \v 10 Afei Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn se, “Muntie nea meka no na mommɔ mmɔden nte ase. \v 11 \wj Ɛnyɛ ade a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho ntew, na mmom, nea ebefi ne mu aba no na egu ne ho fi.”\wj* \p \v 12 Nsɛm a Yesu kaa yi maa nʼasuafo no ba bɛka kyerɛɛ no se, “Wunim sɛ wo nsɛm a wokaa no ama Farisifo no bo afuw?” \p \v 13 Yesu buaa wɔn se, \wj “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na oduae no, wobetu akyene.\wj* \v 14 \wj Mummmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifuraefo a wɔrekyerɛ anifuraefo kwan nti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔtew ahwe amoa mu.”\wj* \p \v 15 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛ yɛn bɛ no ase.” \p \v 16 Yesu nso bisaa no se, \wj “Ampa ara sɛ monte ase?\wj* \v 17 \wj Munnim sɛ ade a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asan aba bio?\wj* \v 18 \wj Asɛm a ho ntew biara fi koma a mu ntew mu ma egu nea ɔkaa saa asɛm no ho fi.\wj* \v 19 \wj Koma mu na adwemmɔne, awudi, ayefasɛm, aguamammɔ, korɔn, atoro ne ntwatoso fi.\wj* \v 20 \wj Eyinom na egu onipa ho fi. Nanso sɛ obi anhohoro ne nsa sɛnea mo amanne te no na odidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”\wj* \s1 Kanaanni Bea Bi Gyidi \p \v 21 Yesu fii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon. \v 22 Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu hɔ de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no.” \p \v 23 Yesu anka hwee. Nʼasuafo no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbea no mfi hɔ. Wotii mu ka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ no na omfi ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.” \p \v 24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, \wj “Wɔsomaa me baa Yudafo, Israel nguan a wɔayera no nkyɛn na ɛnyɛ amanamanmufo.”\wj* \p \v 25 Ɔba bɛkotow no kɔɔ so srɛɛ no se, “Me wura, boa me!” \p \v 26 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Enye sɛ wobegye aduan afi mmofra nsam atow ama akraman.”\wj* \p \v 27 Ɔbea no nso buae se, “Ɛwɔ mu saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no.” \p \v 28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, \wj “Ɔbea, wo gyidi mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisade ama wo.”\wj* Ɛhɔ ara, ne babea no ho tɔɔ no. \s1 Yesu Sa Nyarewa Ahorow \p \v 29 Yesu san baa Galilea po no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔw bi so. \v 30 Nnipa bebree de mpakye, anifuraefo, apirafo, mum ne wɔn a wɔyare nyarewa ahorow baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yare, ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. \v 31 Nnipa no ho dwiriw wɔn. Wɔn a wɔnkasaa da kasae; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafo nantew huruhuruwii na anifuraefo huu ade. Nnipadɔm no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Israel Nyankopɔn. \s1 Nnipa Mpem Anan Aduanma \p \v 32 Afei Yesu frɛɛ nʼasuafo no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi me nkyɛn ha nnansa. Aduan a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afi mu a wonnidii, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ piti wɔ kwan so.”\wj* \p \v 33 Nʼasuafo no nso bisaa no se, “Sare so ha de, ɛhe na yebenya nnipadɔm yi ano aduan?” \p \v 34 Yesu nso bisaa wɔn se, \wj “Brodo dodow ahe na mowɔ?”\wj* \p Wobuae se, “Yɛwɔ brodo ason ne mpataa kakraa bi.” \p \v 35 Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ sare no so. \v 36 Afei ɔfaa brodo ason no ne mpataa no, hyiraa so na obubuu mu de maa asuafo no se wɔmfa mma nnipadɔm no nni. \v 37 Wɔn nyinaa dii aduan no mee pintinn. \v 38 Wɔn a wodii saa aduan no, na wɔn dodow yɛ nnipa mpem anan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Wodidi wiei no, akyi mporoporowa a wɔtasee no yɛɛ nkɛntɛn ason. \v 39 Eyi akyi na Yesu gyaa nkurɔfo no kwan, maa ɔno nso kɔtenaa ɔkorow mu twa kɔɔ Magadan. \c 16 \s1 Farisifo Ne Sadukifo Pɛ Nsɛnkyerɛnne \p \v 1 Da koro bi, Farisifo ne Sadukifo baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no se ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro nkyerɛ wɔn. \p \v 2 Yesu buaa wɔn se, \wj “Munim wim nsakrae ho nkyerɛase. Sɛ owia rekɔtɔ, na wim yɛ kɔkɔɔ a, moka se ɔkyena wim bɛtew.\wj* \v 3 \wj Sɛ edu anɔpa na wim yɛ kɔɔ a, moka se wim rentew da mu no nyinaa. Nanso muntumi nkyerɛ mmere mu nsɛnkyerɛnne no ase.\wj* \v 4 \wj Saa ɔman nnebɔneyɛfo a wonnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wobehu ɔsoro nsɛnkyerɛnne bi, nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne foforo biara ka anwonwade a woyi kyerɛɛ Yona no ho.”\wj* Yesu kaa saa wiee no, ogyaw wɔn hɔ kɔe. \s1 Farisifo Ne Sadukifo Mmɔkaw \p \v 5 Asuafo no twa kɔɔ asuogya nohɔ no, wɔkae se anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduan. \v 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo nyaatwom a ɛte sɛ mmɔkaw no ho.”\wj* \p \v 7 Asuafo no susuw sɛ gyama wonkura aduan biara no nti na Yesu kaa saa. \p \v 8 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mo a mo gyidi sua! Adɛn na ɛhaw mo sɛ moamfa aduan?\wj* \v 9 \wj Enti ebesi nnɛ monte ase ana? Mo werɛ afi brodo anum a mibubuu mu maa nnipa mpem anum no ne ase mporoporowa kɛntɛn a ɛkae no?\wj* \v 10 \wj Mo werɛ asan afi brodo ason a mede maa nnipa mpem anan ne nea ɛkae no?\wj* \v 11 \wj Adɛn nti na modwene sɛ aduan ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresan aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho.’ ”\wj* \v 12 Afei asuafo no tee nea ɔkae no ase sɛ, Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka. \s1 Petro Kyerɛ Onipa Ko A Yesu Yɛ \p \v 13 Bere a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, obisaa nʼasuafo no se \wj “Nnipa ka se Onipa Ba no ne hena?”\wj* \p \v 14 Wobuaa no se, “Ebinom se wone Yohane Osuboni. Ebinom nso se Elia. Afoforo nso se wone Yeremia anaa adiyifo no mu baako.” \p \v 15 Afei Yesu bisaa wɔn se \wj “Na mo nso, muse mene hena?”\wj* \p \v 16 Simon Petro buaa no se, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefo no Ba no!” \p \v 17 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Nhyira ne wo, Yona ba Simon. Efisɛ ɛnyɛ onipa na oyii eyi kyerɛɛ wo, na mmom ɛyɛ mʼAgya a ɔwɔ ɔsoro no.\wj* \v 18 \wj Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo besi, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gya mu no rentumi mmubu no da.\wj* \v 19 \wj Mede Ɔsoro Ahenni no safe bɛma wo, na ɔpon biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ ɔsoro; na ɔpon biara a wubebue wɔ asase so no, wobebue wɔ ɔsoro!”\wj* \v 20 Afei Yesu bɔɔ nʼasuafo no ano se wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no. \s1 Yesu Hyɛ Ne Wu Ne Ne Wusɔre Ho Nkɔm \p \v 21 Efi saa bere no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ ɔkɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amane a obehu wɔ Yudafo mpanyin, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne akyerɛkyerɛfo no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyan no mu pefee kyerɛɛ nʼasuafo no. \p \v 22 Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Nea woreka yi remma wo so da!” \p \v 23 Yesu dan ne ho kaa Petro anim se, \wj “Ɔbonsam, fi me so! Woyɛ hintidua kɛse ma me. Wudwen nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn de.”\wj* \p \v 24 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasennua so, na onni mʼakyi.\wj* \v 25 \wj Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti, ne kra befi ne nsa no, ne nsa bɛsan aka.\wj* \v 26 \wj Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Dɛn na onipa betumi de asi ne kra anan mu?\wj* \v 27 \wj Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya anuonyam mu a mʼabɔfo ka me ho na mabebu obiara nneyɛe ho atɛn.\wj* \p \v 28 \wj “Nokware mise mo sɛ: Mo mu bi renwu kosi sɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahenni mu.”\wj* \c 17 \s1 Yesu Anuonyam Hyerɛn \p \v 1 Nnansia akyi no Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi a so yɛ dinn atifi. \v 2 Wɔwɔ hɔ no, wohuu sɛ ne nipadua asakra ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatade ayɛ fitafita sɛ nwera. \v 3 Prɛko pɛ, Mose ne Elia bepuee hɔ a na wɔne Yesu rekasa. \p \v 4 Petro kae se, “Awurade, ɛyɛ nwonwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wopɛ a, anka mɛbɔ asese abiɛsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.” \p \v 5 Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani. Muntie no!” \p \v 6 Asuafo no tee nne no, wɔbɔɔ hu ma wɔde wɔn anim butubutuw fam. \v 7 Yesu baa wɔn nkyɛn, besusoo wɔn mu kae se, \wj “Monsɔre! Munnsuro!”\wj* \v 8 Wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara. \p \v 9 Ɛbaa sɛ wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se, \wj “Monnka nea moahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ menyan afi awufo mu.”\wj* \s1 Elia Ba A Ɛto So Abien Ho Asɛm \p \v 10 Yesu asuafo no bisaa no se, “Adɛn nti na daa Yudafo mpanyin ka ti mu se, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Agyenkwa no aba?” \p \v 11 Yesu buaa wɔn se, \wj “Nea wɔreka no wɔ mu. Ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma yiye.\wj* \v 12 \wj Na nokware ni, Elia aba dedaw na wɔanhu no, na dodow no ara ne no anni no yiye. Na me, Agyenkwa no nso, mehu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”\wj* \v 13 Afei asuafo no hui sɛ Osuboni Yohane ho asɛm na ɔreka no. \s1 Otwafo Bi Ayaresa \p \v 14 Bere a osian duu bepɔw no ase no, ohuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bebuu Yesu nkotodwe kae se, \v 15 “Owura, hu me ba bi a otwa mmɔbɔ, efisɛ ɔwɔ ɔhaw kɛse mu. Sɛ otwa no ba a, etumi twa no hwe ogya anaa nsu mu. \v 16 Enti mede no brɛɛ wʼasuafo no sɛ wɔnsa no yare; nanso wɔantumi.” \p \v 17 Yesu kae se, \wj “Mo nnɛ mma asoɔdenfo a munni gyidi! Me ne mo ntena nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me wɔ ha.”\wj* \v 18 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu ma amono mu hɔ ara ne ho tɔɔ no. \s1 Gyidi Mu Tumi \p \v 19 Afei asuafo no baa Yesu nkyɛn wɔ kokoa mu bebisaa no se, “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?” \p \v 20 Yesu buaa wɔn se, \wj “Efisɛ mo gyidi sua.”\wj* Ɔtoaa so se, \wj “Sɛ mowɔ gyidi sɛ onyaa aba\wj*\f + \fr 17.20 \fr*\ft egyina hɔ ma sinapi aba.\ft*\f* \wj a esua koraa no a, anka mubetumi aka akyerɛ bepɔw yi se, ‘Tutu kɔ nohɔ!’ na ebetutu akɔ akyirikyiri.\wj* \v 21 \wj Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi de, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaebɔ ne mmuadadi so.”\wj* \s1 Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm A Ɛto So Abien \p \v 22 Da bi a Yesu ne nʼasuafo no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Wɔrebeyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a\wj* \v 23 \wj wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyan aba nkwa mu bio.”\wj* Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ howee, na wɔn koma nso tui. \s1 Yesu Tua Asɔredan Mu Tow \p \v 24 Bere a wobeduu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu towgyefo baa Petro nkyɛn bebisaa no se, “Enti wo wura tua tow?” \p \v 25 Petro buaa no se, “Yiw otua.” \p Petro fii hɔ no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na obisaa no se, \wj “Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua anaasɛ wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?”\wj* \p \v 26 Petro buaa se, “Wotwa tow no ma ahɔho no.” \p Yesu nso buae se, \wj “Petro mo! Ɛno de na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua tow biara.\wj* \v 27 \wj Na mmom, esiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, kɔ asu no mu kɔto darewa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue nʼanom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kotua ma wɔn.”\wj* \c 18 \s1 Ɔkɛse Koraa Wɔ Ɔsoro Ahenni Mu \p \v 1 Saa bere no mu na Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse Ɔsoro Ahenni no mu. \p \v 2 Yesu frɛɛ abofra ketewa bi de no begyinaa wɔn mfimfini. \v 3 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Merema mo ate ase sɛ, gye sɛ motwe mo ho fi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmofra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mubetumi akɔ Ɔsoro Ahenni no mu.”\wj* \v 4 \wj Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛse koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu.\wj* \v 5 \wj Na mo mu biara a, me nti obegye abofra ketewa biara te sɛ oyi no, wagye me nso aba ne nkyɛn.\wj* \p \v 6 \wj “Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan bɛsɛn ne kɔn mu atow no akyene po mu.\wj* \v 7 \wj Wiase nnue wɔ ne hintiduato ho! Hintiduato wɔ hɔ de, nanso nea ɛnam ne so bɛba no nnue.\wj* \v 8 \wj Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wɔde wo nipamu bɛto ogyatannaa mu.\wj* \v 9 \wj Na sɛ wʼani to wo hintidua a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu.\wj* \s1 Oguan A Wayera No Ho Bɛ \p \v 10 \wj “Monhwɛ yiye na moammu saa mmofra nketewa yi mu baako koraa animtiaa. Mereka akyerɛ mo se, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfo wɔ mʼagya nkyɛn daa.\wj* \v 11 \wj Na me, Agyenkwa no, mebae sɛ merebegye wɔn a wɔayera no nkwa.\wj* \p \v 12 \wj “Sɛ onipa bi wɔ nguan ɔha, na wɔn mu baako kokyin na ɔyera a, dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin mmepɔw so ne abon mu nhwehwɛ nea wayera no?\wj* \v 13 \wj Na sɛ ɛba sɛ ohu saa oguan no a, nʼani gye ne ho sen aduɔkron akron a wɔwɔ fie no.\wj* \v 14 \wj Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.\wj* \s1 Wʼasɛde Wɔ Onua Fom Ho \p \v 15 \wj “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka nea ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ otie nea woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua.\wj* \v 16 \wj Na sɛ wantie nso a, san fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn, na nnipa baanu anaa baasa no adi nea ebesi wɔ hɔ no nyinaa ho adanse.\wj* \v 17 \wj Sɛ wantie wo ara a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wudi bem wɔ asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfi wɔn mu.\wj* \p \v 18 \wj “Mereka akyerɛ mo se, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ ɔsoro, na biribiara a moasan wɔ asase so no, wɔasan wɔ ɔsoro.\wj* \p \v 19 \wj “Meresan aka akyerɛ mo bio se, sɛ mo mu baanu biara a ɔte asase yi so hwehwɛ biribi na ɔde nokware bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama no.\wj* \v 20 \wj Na nea baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.”\wj* \s1 Ɔpaani Tirimuɔdenfo No \p \v 21 Petro baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn ason ana?” \p \v 22 Yesu buaa no se, \wj “Dabi! Mpɛn aduɔson ahorow ason!\wj* \p \v 23 \wj “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafo bu nkontaa.\wj* \v 24 \wj Nkontaabu no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem du brɛɛ no.\wj* \v 25 \wj Esiane sɛ na onni sika a ɔde betua ka no nti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmetua ka no.\wj* \p \v 26 \wj “Ɔpaani yi de nʼanim butuw fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hu me mmɔbɔ, na tɔ wo bo ase ma me, na mɛba abetua ka a mede wo no nyinaa.’\wj* \v 27 \wj Ɔpaani yi asɛm a ɔkae no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ogyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.\wj* \p \v 28 \wj “Saa ɔpaani yi fii hɔ no, okohuu ne yɔnko paani bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Otim no amene sɛ ontua no ka a ɔde no no wɔ hɔ ara.\wj* \p \v 29 \wj “Na ne yɔnko paani no kotow paa no kyɛw sɛ ɔntɔ ne bo ase mma no, na obetua ka no.\wj* \p \v 30 \wj “Nanso ɔno de, wampene. Ɔma wɔde no kɔtoo afiase se gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no.\wj* \v 31 \wj Ɔkafo yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.\wj* \p \v 32 \wj “Ɔhene no tee no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Onipa bɔne ne otirimɔdenfo! Wosrɛɛ me no, mede ka kɛse a wode me no nyinaa kyɛɛ wo;\wj* \v 33 \wj ɛnsɛ wo sɛ wo nso wuhu wo yɔnko mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no ana?’\wj* \v 34 \wj Ɔhene no de abufuw ma wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kae se, gye sɛ watua ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.\wj* \p \v 35 \wj “Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomso ankyɛ wɔn a, me soro Agya nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.”\wj* \c 19 \s1 Awaregyae \p \v 1 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ofi Galilea no, otwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. \v 2 Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yare. \p \v 3 Farisifo bi ba bebisaa no nsɛm bi pɛɛ sɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wobisaa no se, “Wopene awaregyae so ana?” \p \v 4 Yesu nso bisaa wɔn se, \wj “Gyama monkenkan Kyerɛw Kronkron no? Wɔakyerɛw wɔ mu se, ‘Mfiase no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea.\wj* \v 5 \wj Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’\wj* \v 6 \wj Enti na wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔabɛyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ obiara tetew mu.”\wj* \p \v 7 Farisifo no kɔɔ so bisaa no se, “Adɛn nti na Mose kae se, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere a otumi kyerɛw no krataa kɛkɛ, de gyaa no?” \p \v 8 Yesu buaa wɔn se, \wj “Esiane sɛ na mo koma apirim no nti na Mose maa awaregyae ho kwan, na ɛnyɛ ade a Onyankopɔn hyehyɛe.\wj* \v 9 \wj Na mereka akyerɛ mo se, obiara a obegyaa ne yere, a ɛnyɛ sɛ ɔbea no abɔ aguaman, na ɔbɛsan aware ɔbea foforo no asɛe aware.”\wj* \p \v 10 Yesu asuafo no kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, na ɛnsɛ sɛ obiara ware.” \p \v 11 Yesu buaa wɔn se, \wj “Ɛnyɛ obiara na obetumi agye asɛm yi ato mu, gye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara.\wj* \v 12 \wj Nnipa bi wɔ hɔ a wonni mmarimayɛ mu ahoɔden fi awo mu, ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahenni no nti, wɔpo aware. Obiara a obetumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”\wj* \s1 Yesu Hyira Mmofra Nkumaa \p \v 13 Wɔde mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpae mma wɔn. Nanso asuafo no kaa wɔn anim. \p \v 14 Yesu kae se, \wj “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.”\wj* \v 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefi hɔ akɔ. \s1 Ahonya Ne Onyankopɔn Ahenni No \p \v 16 Ɛno mu na ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, ade pa bɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” \p \v 17 Yesu buaa no se, \wj “Adɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu de a, di mmara nsɛm no so.”\wj* \p \v 18 Aberante no nso bisaa no se, “Mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he?” \p Yesu buaa no se, \wj “Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni atoro.\wj* \v 19 \wj Di wʼagya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”\wj* \p \v 20 Aberante no nso kae se, “Midi eyinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei menyɛ dɛn?” \p \v 21 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya ademude wɔ ɔsoro. Afei bedi mʼakyi.”\wj* \p \v 22 Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa nsɛm no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe. \p \v 23 Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu.\wj* \v 24 \wj Meka ti mu se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!”\wj* \p \v 25 Asuafo no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa. Wobisae se, “Na ɛno de, hena na wiase mu ha wobegye no nkwa?” \p \v 26 Yesu hwɛɛ wɔn buae se, \wj “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”\wj* \s1 Ahopakyi \p \v 27 Petro nso kae se, “Yagyaw biribiara hɔ abedi wʼakyi; na mfaso bɛn na yebenya afi wʼakyidi no mu?” \p \v 28 Yesu buae se, \wj “Me, Agyenkwa no, sɛ metena mʼanuonyam ahengua no so a, nokware, mo mʼasuafo yi nso bɛtena ahengua dumien no so na moabu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.\wj* \v 29 \wj Na obiara a obegyaw ne fi, ne nuabarimanom, ne nuabeanom, nʼagya, ne na, ne yere, ne mma anaa nʼagyapade abedi mʼakyi no, obenya no ho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a enni awiei nso.\wj* \v 30 \wj Na wɔn a wɔadi kan no mu pii bedi akyi, na wɔn a wodi akyi no nso mu bi abedi kan.”\wj* \c 20 \s1 Afum Adwumayɛfo Ho Bɛ \p \v 1 Yesu san buu wɔn bɛ foforo bi se, \wj “Ɔsoro Ahenni te sɛ okuafo bi a ofii adi anɔpa bi sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa.\wj* \v 2 \wj Ne nsa kaa apaafo no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ obetua wɔn da koro adwuma so akatua.\wj* \p \v 3 \wj “Ankyɛ ofii adi bio kohuu nnipa bi nso, sɛ wogyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee.\wj* \v 4 \wj Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuw no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso se, obetua wɔn nea eye.\wj* \v 5 \wj Enti wɔkɔe.\wj* \p \wj “Ɔsan kɔɔ owigyinae ne nnɔn abiɛsa bere mu kɔbɔɔ nnipa foforo paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛe koro no ara bi.\wj* \v 6 \wj Ɔsan fii adi bɛyɛ nnɔnnum bere mu, kohuu sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na da mu yi nyinaa mugyinagyina ha a monyɛ hwee?’\wj* \p \v 7 \wj “Wobuae se, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa ɛ.’\wj* \p \wj “Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ɛno de, mo nso monkɔyɛ adwuma wɔ mʼafum.’\wj* \p \v 8 \wj “Eduu anwummere no, ɔfrɛɛ nea otua nʼapaafo no ka no ka kyerɛɛ no se, ‘Hwɛ na tua wɔn ka, fi wɔn a wɔbaa akyiri yi no so kosi wɔn a wɔbaa kan no so.’\wj* \p \v 9 \wj “Apaafo a ɔfaa wɔn akyiri no nyinaa, otuaa wɔn da koro apaade.\wj* \v 10 \wj Wɔn a wɔfaa wɔn kan no nso bae. Wosusuw sɛ wobenya sika a ɛboro wɔn a wɔfaa wɔn akyiri no de no. Nanso wɔn nso wotuaa wɔn sɛnea wotuaa wɔn a wɔbaa akyiri no ara pɛ.\wj* \v 11 \wj Wɔn nsa kaa wɔn apaade no, anyɛ wɔn dɛ.\wj* \v 12 \wj Wɔka kyerɛɛ afuw wura no se, ‘Nnipa a wɔbaa akyiri no yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ, nanso yɛn a yɛyɛɛ adwuma fi anɔpa maa owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’\wj* \p \v 13 \wj “Obuaa wɔn mu baako se, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano sɛ, metua wo da koro adwuma so akatua ana?\wj* \v 14 \wj Fa sika a wo nsa aka no na kɔ. Efi me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kan ne wɔn a wɔbaa akyiri no nyinaa ka pɛ.\wj* \v 15 \wj Mmara bi siw me ho kwan sɛ mede me sika yɛ nea mepɛ? Anaasɛ mʼayamye nti na wʼani abere yi?’\wj* \p \v 16 \wj “Asɛm a Yesu ka de wiee ne sɛ, ‘Saa ara na wɔn a wodi akyi no bedi kan, na wɔn a wodi kan no nso bedi akyi.’ ”\wj* \s1 Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm A Ɛto So Abiɛsa \p \v 17 Yesu sii mu sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafo no kaa ne ho. \v 18 Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafo no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Yɛrekɔ Yerusalem. Wobeyi me ama asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ.\wj* \v 19 \wj Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asennua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afi awufo mu.”\wj* \s1 Ɛna Bi Adesrɛ \p \v 20 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn na baa Yesu nkyɛn. Ɔbea yi de adesrɛde bi bɛtoo Yesu anim. \p \v 21 Yesu bisaa no se, \wj “Dɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma wo?”\wj* \p Obuaa no se, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahenni mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.” \p \v 22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Wunnim nea worebisa no.”\wj* Afei ɔdan ne ho bisaa Yakobo ne Yohane se, \wj “Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi ana?”\wj* \p Wobuaa no se, “Yebetumi!” \p \v 23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Me kuruwa ano de, mubetumi anom, nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼAgya ayi wɔn no.”\wj* \p \v 24 Asuafo du a aka no tee nea Yakobo ne Yohane akobisa no, wɔn bo fuwii. \v 25 Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Munim sɛ ahene ne atumfo di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wodi wɔn so no nso di afoforo so.\wj* \v 26 \wj Nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo.\wj* \v 27 \wj Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ odikanfo wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.\wj* \v 28 \wj Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”\wj* \s1 Anifuraefo Baanu Hu Ade \p \v 29 Yesu ne nʼasuafo fi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. \v 30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifuraefo baanu bi tete. Anifuraefo yi tee sɛ Yesu retwa mu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!” \p \v 31 Nnipadɔm a wodi Yesu akyi no teɛteɛɛ wɔn se wommua wɔn ano. Nanso anifuraefo no kɔɔ so teɛteɛɛ mu se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!” \p \v 32 Yesu duu nea wɔtete hɔ no, ogyina bisaa wɔn se, \wj “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”\wj* \p \v 33 Wɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, yɛpɛ sɛ yehu ade!” \p \v 34 Anifuraefo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ wohuu ade, na wodii nʼakyi. \c 21 \s1 Yesu Kɔ Yerusalem Sɛ Ɔhempɔn \p \v 1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafo no adu Yerusalem no, wɔbɛn kurow bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔw no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafo no mu baanu se, wonni kan nkɔ. \v 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum bi ne ne ba hama. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me.\wj* \v 3 \wj Sɛ obi ka asɛm bi kyerɛ mo a, monka nkyerɛ onipa ko no se, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.”\wj* \p \v 4 Wɔyɛɛ eyi de hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka se, \q1 \v 5 “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se \q2 wo hene reba wo nkyɛn. \q1 Odwo, na ɔte afurum ne \q2 afurum ba so” no mu den. \p \v 6 Asuafo baanu no yɛɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. \v 7 Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntama sesɛw afurum no so, maa Yesu tenaa no so. \v 8 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. \v 9 Dɔm no tu teɛe de osebɔ teɛteɛɛ mu se, \q1 “Hosiana Dawid Ba!” \b \q1 “Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.” \b \q1 “Hosiana wɔ ɔsoro nohɔ!” \p \v 10 Bere a oduu Yerusalem no, kurow no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfo no bisae se, “Na hena ni?” \p \v 11 Nnipadɔm no buae se, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.” \s1 Yesu Kɔ Hyiadan Mu \p \v 12 Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui. \v 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae.’ Nanso mo de, mode hɔ ayɛ adwowtwafo atenae.”\wj* \p \v 14 Afei anifuraefo ne mmubuafo baa ne nkyɛn wɔ hyiadan mu hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. \v 15 Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi huu anwonwade yi na wɔtee nso sɛ mmofra nkumaa a wɔwɔ hyiadan mu hɔ reteɛteɛ mu se, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ. \p \v 16 Enti wobisaa Yesu se, “Wote nsɛm a mmofra no reka no ana?” \p Yesu bua se, \wj “Yiw. Na monkenkan saa Kyerɛwsɛm a ɛka se,\wj* \q1 \wj “ ‘Mmofra ne nkokoaa mpo\wj* \q2 \wj de wɔn ano kamfo wo’ no da, ana?”\wj* \p \v 17 Afei ofii hɔ san kɔɔ Betania kɔdaa hɔ. \s1 Yesu Dome Borɔdɔma Dua Bi \p \v 18 Ade kyee anɔpa a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔkɔm dee no. \v 19 Ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso oduu hɔ no, ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no se, \wj “Efi nnɛ, worensow aba bio!”\wj* Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wui. \p \v 20 Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafo no nwonwa ma wobisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn nti na borɔdɔma dua no so nhaban poo ntɛm saa?” \p \v 21 Yesu nso buaa wɔn se, \wj “Nokware, sɛ mowɔ gyidi na munnhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso.\wj* \v 22 \wj Biribiara a mode gyidi bebisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka.”\wj* \s1 Yesu Tumi Ho Asɛmmisa \p \v 23 Yesu san kɔɔ hyiadan mu hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne kyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pam aguadifo ne sikasesafo no fii hyiadan mu hɔ no. \p \v 24 Yesu kae se, \wj “Merebebisa mo asɛm baako bi, na mummua me ansa.\wj* \v 25 \wj Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane anaa ɛnyɛ ɔno?”\wj* \p Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka sɛ ‘Efi Onyankopɔn’ a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni? \v 26 Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.” \p \v 27 Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yennim!” \p Ɛhɔ ara na Yesu nso kae se, \wj “Sɛ munnim de a, me nso meremmua mo.”\wj* \s1 Mmabarima Baanu Ho Bɛ \p \v 28 Yesu kae se, \wj “Saa asɛm a merebɛka yi mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mmabarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panyin no se, ‘Me ba, nnɛ kɔ mʼafum na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’\wj* \p \v 29 \wj “Ne ba no kae se, ‘Merenkɔ,’ nanso akyiri no, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔe.\wj* \p \v 30 \wj “Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no se, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kae se, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.\wj* \p \v 31 \wj “Saa mmofra baanu yi mu hena na otie nʼagya asɛm?”\wj* \p Wobuae se, “Ɛyɛ ne ba panyin no.” \p Yesu see wɔn se, \wj “Akyinnye biara nni ho sɛ abɔnefo ne nguamanfo bɛkɔ Ɔsoro Ahenni mu ansa na moakɔ.\wj* \v 32 \wj Efisɛ Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo trenee kwan, na moannye no anni. Nanso towgyefo ne nguamanfo gyee no dii. Na muhuu eyi mpo no, moansakra mo adwene, na moannye no anni.”\wj* \s1 Apaafo Ho Bɛ \p \v 33 Yesu buu wɔn bɛ foforo bi se, \wj “Da bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobeturo a wagye ban afa ho, na watu amoa a wokyi nsa wɔ mu, de afuw no gyaw akuafo bi. Eyi akyi no, otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so.\wj* \v 34 \wj Eduu bere a bobe no beree a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafo no hɔ sɛ wommegye ne kyɛfa mmrɛ no.\wj* \p \v 35 \wj “Woduu hɔ ara pɛ na akuafo no tow hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako na wosiw ɔbaako nso abo.\wj* \v 36 \wj Afei ɔsan somaa nnipa a wɔn dodow sen wɔn a ɔsomaa wɔn kan no se wɔnkɔ akuafo no nkyɛn, nanso asɛm koro no ara bi na esii.\wj* \v 37 \wj Eyi akyi no ɔsomaa ɔno nʼankasa ne ba kɔɔ akuafo no nkyɛn susuwii sɛ, wɔde nidi bɛma no.\wj* \p \v 38 \wj “Nanso akuafo no huu sɛ ne ba no apue reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no; momma yenkum no, na yɛmfa afuw no!’\wj* \v 39 \wj Ɛhɔ ara na wɔtwee no fii afuw no mu, kokum no too baabi.\wj* \p \v 40 \wj “Sɛ afuw wura no san ba a, mugye di sɛ dɛn na ɔbɛyɛ saa akuafo no?”\wj* \p \v 41 Yudafo mpanyin no buae se, “Ɔno nso bekum saa atirimɔdenfo no na ɔde afuw no ama akuafo foforo a wɔde ne kyɛfa bɛma no bere a ɛsɛ mu.” \p \v 42 Yesu bisaa wɔn bio se, \wj “Monkenkan Kyerɛwsɛm no mu da sɛ,\wj* \q1 \wj “ ‘Ɔbo a adansifo apo no\wj* \q2 \wj ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea so tibo.\wj* \q1 \wj Awurade na wayɛ eyi,\wj* \q2 \wj na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’\wj* \p \v 43 \wj “Nea mereka ara ne sɛ, wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman foforo a wobebu ne nnɔbae no ho nkontaa pa akyerɛ no.\wj* \v 44 \wj Wɔn a wɔbɛhwe saa ɔbotan yi so no mu bebubu, na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”\wj* \p \v 45 Bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no tee ase sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no, \v 46 wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wosuro dɔm no efisɛ na wɔagye Yesu ato mu sɛ ɔyɛ Odiyifo. \c 22 \s1 Ayeforohyia Aponto Ho Bɛ \p \v 1 Yesu de mmebu ahorow kyerɛɛ sɛnea Ɔsoro Ahenni no te. \v 2 Ose, \wj “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforo na ɔtoo pon maa no.\wj* \v 3 \wj Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Bere no dui no, ɔnam tumi so somaa nʼasomfo sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso nnipa no amma.\wj* \p \v 4 \wj “Ɔsan somaa nʼasomfo afoforo se, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn se, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwi ne me nyɛmmoa de anoa aduan awie. Mommra ayeforo no ase mmedidi!’\wj* \p \v 5 \wj “Nanso wɔammua no. Obi kɔɔ nʼafum. Ɔfoforo nso kodii ne gua.\wj* \v 6 \wj Afoforo nso kyeree nʼasomfo no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkum ebinom nso.\wj* \v 7 \wj Ɔhene no tee nea nnipa no ayɛ nʼasomfo no, ne bo fuwii. Ɔsomaa nʼasraafo ma wokokunkum awudifo no, hyew wɔn kurow no pasaa.\wj* \p \v 8 \wj “Ɔsan frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Wɔawie ayeforo aduan no. Nanso wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba aponto no ase.\wj* \v 9 \wj Enti monkɔ mmɔnten so na obiara a mubehu no no, momfrɛ no mmra aponto no ase.’\wj* \v 10 \wj Asomfo no fii adi kɔɔ mmɔnten so kɔfrɛɛ nnipa dodow a wohuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɔdan a wɔtoo pon wɔ mu no yɛɛ ma.\wj* \p \v 11 \wj “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ohuu obi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.\wj* \v 12 \wj Obisaa no se, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforohyia atade, na wutumi baa ha?’ Nanso damfo no antumi ammua.\wj* \p \v 13 \wj “Afei ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔtow no nkyene akyirikyiri sum mu, nea osu ne setwɛre wɔ no.’\wj* \p \v 14 \wj “Wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔpaw wɔn.”\wj* \s1 Towyi Ho Asɛmmisa \p \v 15 Farisifo no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa nʼanom asɛm so anya no akyere no. \v 16 Wosii no gyinae se, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefo aba Yesu nkyɛn abebisa no se, “Owura, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wonam nokware kwan so kyerɛ nnipa kwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wunsuro akyi asɛm, efisɛ wonhwɛ nnipa anim. \v 17 Ka ma yentie. Eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?” \p \v 18 Yesu huu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mo nyaatwomfo! Adɛn nti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ?\wj* \v 19 \wj Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me.”\wj* Wɔde bi kyerɛɛ no. \v 20 Obisaa wɔn se, \wj “Hena mfoni na ɛda so, na hena din nso na ɛwɔ so?”\wj* \p \v 21 Wobuaa se, “Kaesare.” \p Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”\wj* \p \v 22 Ne mmuae a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn ma wogyaw no hɔ kɔe. \s1 Owusɔre Mu Aware \p \v 23 Da no ara, Sadukifo a wonnye owusɔre nni no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, \v 24 “Owura, Mose kae se, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma owufo no. \v 25 Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanyin no waree a wanwo ba na owui. Enti ne nua a ɔto so abien no faa ne yere no kunabea. \v 26 Nea ɔto so abien no nso wui, maa nea ɔto so abiɛsa no faa ɔbea no kunabea. Ɔno nso wui a wanwo ba, maa ɔfoforo nso faa ɔbea no kunabea. Eyi toaa so ara kosii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbea no. \v 27 Nea edi akyi ne sɛ, ɔbea no nso wui. \v 28 Ɛno nti, owusɔrebere no, nnipa baason yi mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no!’ ” \p \v 29 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mo mfomso a moayɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no!\wj* \v 30 \wj Na owusɔrebere no, aware nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no.\wj* \v 31 \wj Nea ɛfa owusɔre no ho no nso, monkenkan nea Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Munhu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo bere a ɔkae se,\wj* \v 32 \wj ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?’ Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn na mmom, ateasefo Nyankopɔn.”\wj* \p \v 33 Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. \s1 Mmaransɛm No Mu Nea Ɛkyɛn Ne Nyinaa \p \v 34 Farisifo no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifo no so no, wokohyiaa Yesu. \v 35 Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfo bisaa Yesu se, \v 36 “Owura, Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?” \p \v 37 Yesu buaa no se, \wj “ ‘Dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’\wj* \v 38 \wj Eyi ne mmaransɛm no mu nea edi kan na ɛkyɛn ne nyinaa.\wj* \v 39 \wj Nea ɛto so abien no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’\wj* \v 40 \wj Mose mmaransɛm ne adiyifo no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm abien yi so.”\wj* \s1 Hena Ba Ne Agyenkwa No? \p \v 41 Farisifo no twaa Yesu ho hyiae no, obisaa wɔn se, \v 42 \wj “Dɛn na mususuw fa Agyenkwa no ho? Hena ba ne no?”\wj* \p Wobuaa no se, “Dawid Ba.” \p \v 43 Yesu bisaa wɔn se \wj “Ɛno de, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade?’ Efisɛ Dawid kae se,\wj* \q1 \v 44 \wj “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se,\wj* \q2 \wj “Tena me nifa\wj* \q1 \wj kosi sɛ mɛma woadi\wj* \q2 \wj wʼatamfo nyinaa so.” ’\wj* \m \v 45 Sɛ \wj Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛno de, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”\wj* \v 46 Obiara antumi ammua. Eyi akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio. \c 23 \s1 Nyaatwomyɛ Ho Kɔkɔbɔ \p \v 1 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nʼasuafo no se, \v 2 \wj “Kyerɛwsɛm no Akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase.\wj* \v 3 \wj Eyi nti, ɛsɛ sɛ mutie wɔn, na moyɛ biribiara a wɔkyerɛ mo. Nanso monnyɛ nea wɔyɛ no bi efisɛ nea wɔka no, ɛnyɛ ɛno na wɔyɛ.\wj* \v 4 \wj Wɔhyɛ mo ma mudi mmara a ɛyɛ den so a wɔn ankasa mpɛ sɛ wodi so.\wj* \p \v 5 \wj “Biribiara a wɔyɛ no yɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔde sɛbɛ a kyerɛw nsɛm bi hyɛ mu sɛn wɔn nsa, hyɛ ntade yuu kyerɛ sɛ wɔyɛ atreneefo.\wj* \v 6 \wj Na wɔkɔ aponto ase nso a, wɔpɛ sɛ daa wɔtena mpanyin tenabea; wɔkɔ asɔre nso a wɔpɛ sɛ wɔtena mpanyin tenabea pa.\wj* \v 7 \wj Sɛ wode obu kyia wɔn wɔ abɔnten so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a ɛyɛ wɔn dɛ.\wj* \p \v 8 \wj “Mommma obiara mmfrɛ mo sa. Efisɛ Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ Owura. Mo nyinaa moyɛ pɛ sɛ anuanom.\wj* \v 9 \wj Mommfrɛ obiara wɔ asase so ha sɛ ‘Agya,’ efisɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no saa.\wj* \v 10 \wj Na mommma wɔmmfrɛ mo ‘Owura,’ efisɛ ɔbaako pɛ na ɔyɛ mo wura a ɔne Agyenkwa no.\wj* \v 11 \wj Wobrɛ wo ho ase som afoforo a, wobɛyɛ ɔkɛse. Wopɛ sɛ woyɛ ɔkɛse a, yɛ ɔsomfo.\wj* \v 12 \wj Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; saa ara nso na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.\wj* \s1 Yesu Kasa Tia Nyaatwomyɛ \p \v 13 \wj “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo, efisɛ musiw afoforo Ɔsoro Ahenni ho kwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no kwan.\wj* \v 14 \wj Nyaatwomfo! Mobɔ mpae atenten wɔ mmɔnten so de kyerɛ sɛ moyɛ atreneefo wɔ bere a mutu akunafo fi wɔn afi mu.\wj* \p \v 15 \wj “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mokɔ wiase afanan nyinaa sɛ mubenya onipa baako abɛfra mo mu. Na sɛ munya obi saa a, mosɛe no ma ɔyɛ ɔbonsam ba sen sɛnea mote no.\wj* \p \v 16 \wj “Munnue! Akwankyerɛfo anifuraefo a moka se, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno de, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam de a, ɛno de, ntam no kyekyere onii no.\wj* \v 17 \wj Anifuraefo nkwaseafo! Asɔredan no ne emu sikakɔkɔɔ no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo; sikakɔkɔɔ no anaa asɔredan no a ɛtew sikakɔkɔɔ no ho no?\wj* \v 18 \wj Na moka se, ‘Sɛ obi ka afɔremuka no ntam a, ɛnyɛ hwee. Na mmom, sɛ ɔka ayɛyɛde a egu afɔremuka no so ntam de a, ɛkyekye onii! no’\wj* \v 19 \wj Anifuraefo! Afɔremuka a ɛtew ayɛyɛde a egu so no ho no, ne ayɛyɛde a egu so no mu nea ɛwɔ he na ɛsom bo?\wj* \v 20 \wj Sɛ woka afɔremuka no ntam a, woka afɔremuka no ne ɛso ayɛyɛde no nyinaa ntam,\wj* \v 21 \wj na sɛ woka asɔredan no ntam a, woka asɔredan no ne Onyankopɔn a ɔte mu no nyinaa ntam.\wj* \v 22 \wj Na sɛ woka ɔsoro ntam a, na woreka Onyankopɔn ahengua ne Onyankopɔn no ankasa ntam.\wj* \p \v 23 \wj “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Muyi ntotoso du du wɔ afifide a ɛwɔ mo mfikyifuw mu no ho, nanso mugyaw nneɛma a ɛsom bo te sɛ atɛntrenee, ahummɔbɔ ne nokwaredi. Ɛwɔ mu sɛ ɛsɛ sɛ muyiyi ntotoso du du no de, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nneɛma a ɛsom bo no.\wj* \v 24 \wj Akwankyerɛfo anifuraefo! Mosɔn nea monom so, yi mu nwansena nanso momene yoma!\wj* \p \v 25 \wj “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mutwiw mo kuruwa ne mo asanka ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no de, amim ne pɛsɛmenkominya ahyɛ no ma tɔ.\wj* \v 26 \wj Farisifo anifuraefo! Muntwiw kuruwa no mu kan, na kuruwa no ho nyinaa bɛtew!\wj* \p \v 27 \wj “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo! Mote sɛ ɔda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufo nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ.\wj* \v 28 \wj Moyɛ mo anim sɛ atreneefo, nanso bɔne ahorow ahyɛ mo mu ma tɔ.\wj* \p \v 29 \wj “Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Musisi ada akɛse ma adiyifo a mo ara mo agyanom kunkum wɔn, na mode nhwiren gugu atreneefo a wokunkum wɔn no nna so,\wj* \v 30 \wj na mutwa mo ho ka se, ‘Sɛ na yɛte ase saa bere no a, anka yɛrenyɛ bɔne a yɛn agyanom yɛe no.’\wj* \v 31 \wj Sɛ moka saa a, mubu mo ho fɔ sɛ moyɛ atirimɔdenfo mma.\wj* \v 32 \wj Munni wɔn anammɔn akyi nyɛ saa bɔne koro no ara bi pɛpɛɛpɛ.\wj* \p \v 33 \wj “Awɔ! Nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu gya mu atemmu no?\wj* \v 34 \wj Mɛsoma adiyifo ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asennua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa bi afi nkurow so akɔ nkurow so.\wj* \v 35 \wj Na atreneefo mogya a moahwie agu asase so nyinaa, efi Habel so de kosi Barakia ba Sakaria a mukum no asɔredan ne afɔremuka ntam no, bɛba mo so.\wj* \v 36 \wj Mereka akyerɛ mo se, atemmu a wɔaboaboa ano no nyinaa bɛba nnɛmma yi so.\wj* \p \v 37 \wj “Ao Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbeatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ!\wj* \v 38 \wj Wobegyaw mo fi ofituw ama mo.\wj* \v 39 \wj Na mise mo sɛ, efi sesɛɛ morenhu me bio kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.’ ”\wj* \c 24 \s1 Asɔredansɛe Ho Nkɔmhyɛ Ne Awiei Mmere Nsɛnkyerɛnne \p \v 1 Yesu refi faako a asɔredan no si hɔ akɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔtwe nʼadwene kɔ adan ahorow a ɛwɔ asɔredan no mu no so. \v 2 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Wobedwiriw saa dan yi agu pasaa!”\wj* \s1 Ɔhaw Ne Ɔtaa \p \v 3 Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?” \p \v 4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monhwɛ na obi annaadaa mo.\wj* \v 5 \wj Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.\wj* \v 6 \wj Sɛ mote sɛ wɔafi akodi ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ sɛ eyinom ba, nanso awiei no de, ennya mmae.\wj* \v 7 \wj Aman bɛsɔre wɔ aman so, na ahenni asɔre wɔ ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.\wj* \v 8 \wj Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.\wj* \p \v 9 \wj “Sɛ moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakunkum mo wɔ wiase afanan nyinaa,\wj* \v 10 \wj na mo mu pii bɛsan akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatentan mo ho mo ho.\wj* \v 11 \wj Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii.\wj* \v 12 \wj Bɔne bɛdɔɔso wɔ wiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase.\wj* \v 13 \wj Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.\wj* \v 14 \wj Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahenni no ho no wɔ wiase mmaa nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awiei no bɛba.”\wj* \s1 Ahohia A Ɛyɛ Hu \p \v 15 \wj “Enti sɛ muhu ‘abusude a ɛde ɔsɛe ba’ a Odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ egyina kronkronbea hɔ no a, ma nea ɔkenkan no nte ase,\wj* \v 16 \wj na wɔn a wɔte Yudea no nguan nkɔ Yuda mmepɔw so.\wj* \v 17 \wj Mma obiara a ɔwɔ ne fi dan atifi no nsian nkɔfa biribiara mfi ne fi hɔ.\wj* \v 18 \wj Wɔn a wɔwɔ mfuw so no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa wɔn ntama.\wj* \v 19 \wj Ɛbɛyɛ hu ama wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu!\wj* \v 20 \wj Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔwbere anaa Homeda.\wj* \v 21 \wj Efisɛ awerɛhowdi a ɛbɛba no, bi nsii wɔ wiase abakɔsɛm mu da, na bi nso rensi da.\wj* \p \v 22 \wj “Nokware, sɛ wɔantwa saa nna no so a, ɛrenka obi.\wj* \v 23 \wj Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nni.\wj* \v 24 \wj Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no mpo.\wj* \v 25 \wj Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!\wj* \p \v 26 \wj “Enti sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no asan aba na ɔwɔ sare so a,’ monnhaw mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso wose, ‘Ɔde ne ho asie baabi a,’ munnnye nni!\wj* \v 27 \wj Na sɛnea anyinam twa fi apuei kɔ atɔe no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ne no.\wj* \v 28 \wj Na nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.\wj* \p \v 29 \wj “Saa mmere no awerɛhowdi no akyi pɛ\wj* \q1 \wj “ ‘owia beduru sum,\wj* \q2 \wj na ɔsram renhyerɛn;\wj* \q1 \wj na nsoromma befi wim atetew ahwe,\wj* \q2 \wj na wim abɔde behinhim.’\wj* \p \v 30 \wj “Afei Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi wɔ ɔsoro. Na asase sofo nyinaa betwa agyaadwo bere a wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam nam ɔsoro omununkum mu reba.\wj* \v 31 \wj Na mɛsoma mʼabɔfo na wɔde torobɛnto a ano yɛ den aba abɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano fi ɔsoro ano akɔka asase ano.\wj* \p \v 32 \wj “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow abɛn.\wj* \v 33 \wj Saa ara nso na sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn, adu ɔpon ano.\wj* \v 34 \wj Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.\wj* \v 35 \wj Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛbɛtena hɔ daa.\wj* \p \v 36 \wj “Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na onim.\wj* \v 37 \wj Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛɛ no ara pɛ.\wj* \v 38 \wj Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no nnipa didii, na wɔnomee, warewaree, de kosii da a Noa kɔɔ hyɛn no mu,\wj* \v 39 \wj na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosii sɛ nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.\wj* \v 40 \wj Saa bere no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afum no mu baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako.\wj* \v 41 \wj Saa ara nso na mmea baanu a wɔwɔ fie renoa aduan no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.\wj* \p \v 42 \wj “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a Awurade bɛba.\wj* \v 43 \wj Sɛnea sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a anka ɔbɛwɛn de abɔ ne ho ban afi akorɔmfo ho no,\wj* \v 44 \wj saa ara na ɛsɛ sɛ musiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.\wj* \s1 Akoa Pa Anaa Akoa Bɔne \p \v 45 \wj “Hena ne ɔsomfo nokwafo nyansafo no, nea ne wura de ne fi mu asomfo ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu?\wj* \v 46 \wj Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.\wj* \v 47 \wj Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so!\wj* \v 48 \wj Na sɛ ɔkɔyɛ ɔsomfo tirimuɔdenfo, na ɔka kyerɛ ne ho se, ‘Me Wura nnya mmae,’\wj* \v 49 \wj na ofi ase boro ne mfɛfo nkoa, na ɔne akɔwensafo didi, bow nsa a,\wj* \v 50 \wj Ɔsomfo no wura no bɛba da a nʼani nna so.\wj* \v 51 \wj Ɔbɛtwe nʼaso dennen, na ɔde no akɔ baabi a wobu nyaatwomfo atɛn; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.\wj* \c 25 \s1 Mmabaa Du No Ho Bɛ \p \v 1 \wj “Ɔsoro Ahenni te sɛ mmabaa du bi a wɔfaa wɔn akanea se wɔrekohyia ayeforokunu.\wj* \v 2 \wj Na mmabaa no mu baanum yɛ anyansafo na baanum nso yɛ nkwaseafo.\wj* \v 3 \wj Wɔn mu nkwaseafo no rekɔ no, wɔfaa wɔn akanea nanso wɔamfa ngo anka ho.\wj* \v 4 \wj Nanso wɔn mu anyansafo no de, wɔrekɔ no wɔfaa ngo kaa wɔn akanea ho kɔe.\wj* \v 5 \wj Ayeforokunu no amma ntɛm, enti wofii ase totɔɔ nko dedae.\wj* \p \v 6 \wj “Ɔdasu mu na wɔtee nteɛteɛmu se, ‘Ayeforokunu no reba! Mumfi adi nkohyia no!’\wj* \p \v 7 \wj “Mmabaa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn akanea no.\wj* \v 8 \wj Nkwaseafo no srɛɛ anyansafo no se, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn akanea no mu na ɛredunnum.’\wj* \p \v 9 \wj “Anyansafo no ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ngo a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’\wj* \p \v 10 \wj “Wɔrekɔ akɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforokunu no bae. Enti wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforokunu no kɔɔ nʼaponto no ase, na wɔtoo ɔpon no mu.\wj* \p \v 11 \wj “Akyiri no a baanum no san bae no, wogyinaa ɔpon no akyi frɛe se, ‘Owura, hiɛ yɛn!’\wj* \p \v 12 \wj “Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mumfi hɔ nkɔ. Minnim mo!’\wj* \p \v 13 \wj “Enti monwɛn na munnim da anaa dɔn ko no.\wj* \s1 Sika Nkotoku No Ho Bɛ \p \v 14 \wj “Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan akɔ ɔman foforo bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde nʼahode maa wɔn.\wj* \v 15 \wj Ɔmaa ɔbaako sika nkotoku anum. Ɔmaa ɔfoforo nkotoku abien na ɔfoforo, kotoku baako, sɛnea obiara ahoɔden te.\wj* \v 16 \wj Nea ɔmaa no nkotoku anum no de sika no kɔyɛɛ adwuma, nyaa mfaso nkotoku anum kaa ho.\wj* \v 17 \wj Saa ara na nea onyaa sika nkotoku abien no nso nyaa abien kaa ho,\wj* \v 18 \wj Nanso nea onyaa kotoku baako no de, okotuu fam de ne wura sika no siee hɔ.\wj* \p \v 19 \wj “Mmere bi akyi na wɔn wura no fi akwantu mu bae ne wɔn bebuu akontaa.\wj* \v 20 \wj Nea onyaa sika nkotoku anum no de anum kaa ho bae. Ɔkae se, ‘Me wura, womaa me sika nkotoku anum. Hwɛ, manya anum aka ho.’\wj* \p \v 21 \wj “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛw!’\wj* \p \v 22 \wj “Akoa a ɔmaa no sika nkotoku abien no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Worekɔ no, womaa me sika nkotoku abien, hwɛ, manya abien aka ho.’\wj* \p \v 23 \wj “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, wo wura anigye mu!’\wj* \p \v 24 \wj “Akoa a onyaa sika kotoku baako no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Owura, minim sɛ woyɛ onipa a wo ho yɛ nwonwa. Wutumi twa wɔ nea wunnuae ɛ, na wutumi boaboa ano wɔ nea wompetee ɛ;\wj* \v 25 \wj enti misuroi, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼade ni!’\wj* \p \v 26 \wj “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Akoa bɔne ne onihawfo! So wunim sɛ mitumi twa wɔ nea minnuae, na mitumi boaboa ano wɔ nea mempetee?\wj* \v 27 \wj Saa de a anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me.\wj* \p \v 28 \wj “ ‘Munnye sika kotoku no mfi ne nsam, na momfa nkɔma nea onyaa nkotoku du no.\wj* \v 29 \wj Obiara a ɔwɔ no, wɔde bi bɛka ho ama no anya aboro so. Na obiara a onni no, nea ɔwɔ no mpo, wobegye afi ne nsam.\wj* \v 30 \wj Na wɔatow saa akoa a ne so nni mfaso no akyene sum kabii mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.’ ”\wj* \s1 Nguanten Ne Mmirekyi No \p \v 31 \wj “Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a, saa bere no na ɔbɛtena nʼanuonyam ahengua no so.\wj* \v 32 \wj Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano wɔ nʼanim. Na ɔbɛpaw nnipa no mu sɛnea oguanhwɛfo paw nguan fi mmirekyi mu;\wj* \v 33 \wj na ɔde nguan no begyina ne nifa so, na ɔde mmirekyi no agyina ne benkum so.\wj* \p \v 34 \wj “Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wogyina ne nifa so no se, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi abɔde mfiase no nni!\wj* \v 35 \wj Ɔkɔm dee me, na momaa me aduan dii. Osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee. Meyɛɛ ɔhɔho, na mode me kɔɔ mo fi.\wj* \v 36 \wj Medaa adagyaw na mufuraa me ntama. Meyaree, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’\wj* \p \v 37 \wj “Saa bere no mu na atreneefo bebisa se, ‘Owura, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm de wo a, yɛmaa wo aduan, na osukɔm de wo a yɛmaa wo nsu nomee?\wj* \v 38 \wj Afei da bɛn na yehuu sɛ woyɛɛ ɔhɔho, a yɛde wo kɔɔ yɛn fi, anaasɛ wodaa adagyaw a, yefuraa wo ntama?\wj* \v 39 \wj Afei da bɛn na yehuu sɛ woyaree a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’\wj* \p \v 40 \wj “Na Ɔhene no, bebua wɔn se, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’\wj* \p \v 41 \wj “Afei mɛka akyerɛ wɔn a wogyina me benkum so no se, ‘Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ ogyatannaa a ennum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼabɔfo no mu.\wj* \v 42 \wj Na ɔkɔm dee me, moamma me aduan anni, osukɔm dee me, moamma me nsu annom.\wj* \v 43 \wj Meyɛɛ ɔhɔho, moamfa me ankɔ mo fi. Medaa adagyaw, moamfura me ntama. Meyaree, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’\wj* \p \v 44 \wj “Wɔn nso bebua no se, ‘Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammoa wo?’\wj* \p \v 45 \wj “Na obebua wɔn se, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɛ amma me.’\wj* \p \v 46 \wj “Na wɔbɛkɔ asotwe a ɛto ntwa da mu, na atreneefo akɔ nkwa a enni awiei mu.”\wj* \c 26 \s1 Wɔbɔ Yesu Ho Pɔw \p \v 1 Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \v 2 \wj “Sɛnea munim no aka nnaanu na Twam Afahyɛ no adu, na wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asennua mu.”\wj* \p \v 3 Saa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fi, \v 4 retu agyina ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhu akyi. \v 5 Nanso wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.” \s1 Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania \p \v 6 Afei Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani fi. \v 7 Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbea bi\f + \fr 26.7 \fr*\ft Maria a ɔyɛ Marta ne Lasaro nuabea (\+xt Yoh 12.3\+xt*)\ft*\f* a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den yiye toa ma baa hɔ, behwie guu Yesu tirim. \p \v 8 Asuafo no hui no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkae se, “Adesɛe yi ase ne dɛn? \v 9 Anka wobetumi atɔn srade huamhuam yi anya sika bebree de ama ahiafo.” \p \v 10 Yesu huu wɔn adwene na ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Adɛn na mohaw ɔbea yi? Wayɛ ade pa ama me.\wj* \v 11 \wj Mo ne ahiafo wɔ ha daa na me de, me ne mo nni hɔ daa.\wj* \v 12 \wj Wahwie ngo huamhuam yi agu me so de asiesie me nipadua ama me sie.\wj* \v 13 \wj Nokware, mise mo sɛ, wɔbɛka nea ɔyɛe yi wɔ wiase baabiara a wɔka asɛmpa no de akae no.”\wj* \s1 Yuda Pene So Sɛ Obeyi Yesu Ama \p \v 14 Afei Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn \v 15 kobisaa wɔn se, “Sɛ miyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔw aduasa. \v 16 Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn. \s1 Adidi A Edi Akyiri \p \v 17 Apiti Afahyɛ da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yekodi Twam Afahyɛ no?” \p \v 18 Obuaa wɔn se, \wj “Monkɔ kurow no mu nkohu ɔpanyin asiamasi nka nkyerɛ no se, ‘Kyerɛkyerɛfo no se, Me bere abɛn, na wo fi na me ne nʼasuafo no bedi Twam Afahyɛ no.’ ”\wj* \v 19 Asuafo no dii nea ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduan no. \p \v 20 Anwummere no na ɔne Dumien no te adidii. \v 21 Wɔredidi no ɔkae se, \wj “Mereka mo nokware, mo mu baako beyi me ama.”\wj* \p \v 22 Asɛm yi maa wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase bisabisaa mmaako mmaako se, “Awurade, ɛyɛ me ana?” \p \v 23 Yesu buae se, \wj “Nea ɔne me nsa da asanka baako mu no, ɔno na obeyi me ama.\wj* \v 24 \wj Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye.”\wj* \p \v 25 Yuda a obeyi no ama nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me ana?” \p Yesu buaa no se, \wj “Woaka.”\wj* \s1 Adidi Kronkron \p \v 26 Bere a wɔredidi no. Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafo no kae se: \wj “Munnye nni, eyi ne me nipadua.”\wj* \p \v 27 Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kae se, \wj “Mo nyinaa monnom bi,\wj* \v 28 \wj na eyi ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den, a wohwie gu ma nnipa bebree nya bɔnefakyɛ.\wj* \v 29 \wj Mise mo sɛ, merennom saa nsa yi bi bio da, de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahenni no mu.”\wj* \p \v 30 Na wɔtoo dwom wiee no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so. \s1 Yesu Hyɛ Petro Pa A Ɔbɛpa No No Ho Nkɔm \p \v 31 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Anadwo yi, mo nyinaa beguan agya me. Na wɔakyerɛw se,\wj* \q1 \wj “ ‘wɔbɛbɔ oguanhwɛfo no,\wj* \q2 \wj na nguankuw no abɔ apete.’\wj* \m \v 32 \wj Na sɛ miwu sɔre a, medi mo kan akɔ Galilea.”\wj* \p \v 33 Petro buae se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da.” \p \v 34 Yesu buae se, \wj “Nokware mise wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa!”\wj* \p \v 35 Petro pae mu kae se, “Mpo sɛ etwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafo no nyinaa nso kaa saa asɛm koro yi ara. \s1 Yesu Bɔ Mpae Wɔ Getsemane \p \v 36 Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Montena ha na merekɔ hɔ akɔbɔ mpae.”\wj* \v 37 Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fii ase howee, na ne ho nso yeraw no. \v 38 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”\wj* \p \v 39 Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, \wj “MʼAgya, sɛ ebetumi a, ma wonyi kuruwa yi mfi me so. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ na ɛnyɛ nea mepɛ.”\wj* \p \v 40 Na ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se, \wj “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo?\wj* \v 41 \wj Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw!”\wj* \p \v 42 Ɔsan gyaw wɔn hɔ nea ɛto so abien kɔbɔɔ mpae se, \wj “MʼAgya, sɛ wɔrenyi kuruwa yi mfi me so, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, nea wopɛ nyɛ.”\wj* \p \v 43 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu wɔn sɛ wɔadeda efisɛ na wɔn ani kum yiye. \v 44 Ɔsan kɔɔ mpaebɔ a ɛto so abiɛsa so kɔbɔɔ mpae kaa asɛm koro no ara. \p \v 45 Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Afei de, monna na monhome. Nanso dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa!\wj* \v 46 \wj Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”\wj* \s1 Wɔkyere Yesu \p \v 47 Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn a wokurakura afoa ne nkontimmaa baa hɔ. \v 48 Na Yuda aka akyerɛ wɔn se, “Nea mefew nʼafono no ne onipa no; mokyere no” \v 49 Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kae se, “Me wura!” Na ofew nʼafono. \p \v 50 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Damfo, nea wobaa ha se worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.”\wj* \p Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu. \v 51 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso. \p \v 52 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Fa wʼafoa no to nea ɛda. Na wɔn a wɔtwe afoa no, afoa ano na wobewu. \v 53 \wj Munnim sɛ metumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfo mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban?\wj* \v 54 \wj Nanso sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na nea Kyerɛwsɛm no ka se ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi ho no bɛba mu?”\wj* \p \v 55 Bere no mu ara na Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se, \wj “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so sɛ mode rebɛkyere me yi? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu da biara, nso moansiw me kwan.\wj* \v 56 \wj Nanso eyi nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nea adiyifo no kae wɔ Kyerɛwsɛm mu no bɛba mu.”\wj* Saa bere no ara mu na asuafo no nyinaa guan gyaa no. \s1 Yesu Gyina Kaiafa Anim \p \v 57 Afei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim, baabi a mmarakyerɛfo ne Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ. \v 58 Petro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu se ɔrehwɛ asɛm a ebesi. \p \v 59 Asɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wobenya nnansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ. \v 60 Nnipa bebree bedii adanse, nanso wohuu sɛ wɔredi adansekurumu, efisɛ na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira. \p Akyiri no, nnipa baanu bi ba bɛkae \v 61 se, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ” \p \v 62 Ɔsɔfopanyin no sɔre bisaa Yesu se, “Dɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?” \v 63 Nanso Yesu ammua no. \p Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!” \p \v 64 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Yiw, woaka. Na mereka kyerɛ mo nyinaa: Efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ mete Onyankopɔn nifa na ɔnam omununkum mu resan aba.”\wj* \p \v 65 Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu teɛɛ mu se, “Abususɛm! Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no! \v 66 Asɛm bɛn na mowɔ ka?” \p Wɔn nyinaa teɛɛ mu se, “Ɔsɛ owu!” \p \v 67 Afei wɔtee ntasu guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre \v 68 kae se, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo?” \s1 Petro Pa Yesu \p \v 69 Saa bere no na Petro te adiwo. Abaawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.” \p \v 70 Nanso Petro san se, “Minnim nea woreka yi ho hwee.” \p \v 71 Akyiri no, abaawa foforo bi hyiaa no wɔ ɔpon bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no se, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.” \p \v 72 Petro de ntam san bio se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.” \p \v 73 Ɛkyɛe kakra no, mmarima a wogyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ Petro se, “Yenim sɛ woyɛ nʼasuafo no mu baako, na wo kasa nso da wo adi sɛ woyɛ Galileani.” \p \v 74 Petro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no!” \p Amono mu hɔ ara na akokɔ bɔnee. \v 75 Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa”\wj* no. Na ofii adi kosui. \c 27 \s1 Yuda Sɛn Ne Ho \p \v 1 Ade kyee no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔakum Yesu. \v 2 Afei wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. \s1 Yuda Ahonu \p \v 3 Saa bere no ara mu na Yuda a oyii Yesu mae no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho yiye. Enti ɔsan de sika a ogye fii asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kae se, \v 4 “Mayɛ bɔne, efisɛ mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara no ama.” \p Wɔn nso kae se, “Ɛmfa yɛn ho. Ɛyɛ wo ara wʼasɛm.” \p \v 5 Ɔtow sika no guu asɔredan no mu, fii hɔ kɔsɛn ne ho. \p \v 6 Asɔfo mpanyin no sesaw sika no kae se, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn tow a yɛagye mu. Efisɛ yɛn mmara mma ho kwan sɛ yebegye sika a wɔde abɔ awudi ho paa.” \v 7 Wodwinnwen ho sii gyinae se, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wotu dɔte wɔ mu de nwen nkuku, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusiei ama ahɔho a wobewu wɔ Yerusalem no. \v 8 Enti na wɔda so frɛ saa asase no se, “Mogya Asase” de besi nnɛ yi. \v 9 Eyi maa nea Odiyifo Yeremia kae se, “Wogyee dwetɛ mpɔw aduasa, bo a Israelfo sese huu sɛ ɛfata, \v 10 na wofii mu tɔɔ asase fii anwemfo nkyɛn, sɛnea Awurade hyɛɛ me” no baa mu. \s1 Yesu Gyina Pilato Anim \p \v 11 Afei wɔde Yesu begyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Obisaa Yesu se, “Wone Yudafo Hene no ana?” \p Yesu buae se, \wj “Wo na woaka.”\wj* \p \v 12 Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa. \v 13 Pilato bisaa no se, “Wonte nea wɔreka no ana?” \v 14 Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwonwa. \s1 Wobu Yesu Kumfɔ \p \v 15 Na ɛyɛ amrado no amanne sɛ afe biara Twam Afahyɛ mu no, ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no. \v 16 Saa afe no mu, na onipa bɔnefo bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase. \v 17 Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfi anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn se, “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?” \v 18 Na onim pefee sɛ Yudafo mpanyin no de ɔtan na akyere Yesu efisɛ na wagye din. \p \v 19 Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Gyaa onipa trenee no na ɔnkɔ ne baabi efisɛ anadwo yi, mesoo ne ho dae a ɛyɛ hu yiye maa me ho yeraw me.” \p \v 20 Nanso asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kasa kyerɛɛ dɔm no se, wommisa na wonnyaa Baraba mma wɔn na wonkum Yesu. \p \v 21 Enti amrado no san bisaa wɔn se, “Nnipa baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo?” \p Na dɔm no bɔ gyee so se, “Baraba!” \p \v 22 Pilato bisaa wɔn bio se, “Sɛ saa de a, ɛno de, dɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” \p Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu!” \p \v 23 Pilato bisaa wɔn se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” \p Nanso wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara se, “Bɔ no asennua mu!” \p \v 24 Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ ye na basabasayɛ reba no, ɔma wɔsaw nsu guu ade mu brɛɛ no ma ɔhohoroo ne nsa wɔ dɔm no anim kae se, “Minni saa onipa trenee yi mogya ho fɔ. Nea ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!” \p \v 25 Nnipadɔm no san bɔ gyee so bio se, “Ne mogya mmegu yɛn ne yɛn mma ti so.” \p \v 26 Afei Pilato yii Baraba fii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɔde no maa Roma asraafo no sɛ wɔmfa no nkɔbɔ no asennua mu. \s1 Yesu Ho Fɛwdi \p \v 27 Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo dɔm baa hɔ. \v 28 Woyii Yesu atade a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, \v 29 na wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, na wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempema, na wobubuu nkotodwe wɔ nʼanim fii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo Hene, wo nkwa so.” \v 30 Wɔtetee ntasu guu ne so na wogyee dua no fii ne nsam de paa nʼapampam ntoatoaso. \v 31 Wodii ne ho fɛw wiei no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de nʼankasa atade no san hyɛɛ no. Afei wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu. \s1 Wɔbɔ Yesu Asennua Mu \p \v 32 Bere a wɔde no rekɔ faako a wɔbɔ asennua mu hɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɛwɔ Abibirim. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no bi. \v 33 Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota a ne nkyerɛase ne “Nitiri So.” \v 34 Ɛhɔ na asraafo no maa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom. \v 35 Afei wɔbɔɔ no asennua mu no, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto kyekyɛ fae. \v 36 Wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛn no. \v 37 Wɔkyerɛw nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi se, \pc “YESU, YUDAFO HENE NO NI.” \p \v 38 Wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so na ɔbaako nso dɛn ne benkum so. \v 39 Nnipa a wotwaa mu wɔ hɔ no nyinaa wosow wɔn ti, yeyaw no \v 40 se, “Wo na wuse sɛ wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no, gye wo ho! Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛno de sian fi asennua no so si fam ma yɛnhwɛ!” \v 41 Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bedii ne ho fɛw se, \v 42 “Ogye afoforo, nanso ontumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfo hene no ampa ara a, sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni. \v 43 Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei ma Onyankopɔn nnye no! Waka nso se, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’ ” \v 44 Awudifo bi a wɔbɔɔ wɔne no asennua mu no nso yeyaw no saa ara. \s1 Yesu Wu \p \v 45 Bere a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no, sum duruu asase so mmaa nyinaa fi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa. \v 46 Ɛbɛyɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, Yesu teɛɛ mu dennen se, \wj “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”\wj* \p \v 47 Wɔn a wogyina hɔ no bi tee no wɔkae se, “Ɔrefrɛ Elia.” \p \v 48 Mpofirim, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. \v 49 Nanso nnipa no nkae no kae se, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no ana.” \p \v 50 Na Yesu teɛɛ mu dennen bio no, ogyaa ne honhom mu wui. \p \v 51 Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam. Asase wosowee. Abotan paapaee. \v 52 Nna so buebue maa atreneefo a wɔawuwu nyannyanee. \v 53 Yesu wusɔre akyi no, wopuepue fii wɔn nna mu kɔɔ Yerusalem, koyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree. \p \v 54 Asraafo a wɔwɔ hɔ no huu asase wosow ne nsɛm a esisii wɔ hɔ no, wɔn koma tuu yiye ma wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.” \p \v 55 Saa bere no na mmea bebree a Yesu ho dɔ nti, wodii nʼakyi fii Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. \v 56 Mmea no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef na. Na Sebedeo mmabarima no na nso ka ho. \s1 Wosie Yesu \p \v 57 Eduu anwummere no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no, \v 58 kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛ ma wɔde Yesu amu no maa no. \v 59 Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho, \v 60 na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforo bi a watwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano, ansa na ɔregyaw hɔ akɔ. \v 61 Maria Magdalene ne Maria baako no de, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no. \s1 Wɔwɛn Ɔboda No \p \v 62 Ade kyee a ɛyɛ da a edi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no kɔɔ Pilato nkyɛn, \v 63 kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, ɔtorofo no kaa bere bi se, ‘Nnansa akyi no mɛsɔre.’ \v 64 Eyi nti ma yɛn kwan na yɛnkɔwɛn da no ano nkosi nnansa, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼasuafo no ntwa wɔn ho nkowia amu no mmɔ no dawuru se wasɔre afi awufo mu. Na sɛ ɛkɔba saa de a anka akyiri no nnaadaa bɛsen kan de no.” \p \v 65 Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa awɛmfo. Momma wɔnkɔwɛn.” \v 66 Enti wɔkɔtetaree ɔboda no ano, maa awɛmfo kɔwɛn hɔ. \c 28 \s1 Yesu Asɔre \p \v 1 Homeda no akyi Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɔda no so. \p \v 2 Asase wosow denneennen, na Awurade bɔfo sian fii ɔsoro ba bepirew ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so. \v 3 Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatade yɛ fitaa te sɛ nwera. \v 4 Awɛmfo no huu no no, ehu maa wɔn ho popoe, na wɔhwehwee ase, dan sɛ awufo. \p \v 5 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, “Munnsuro! Minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no, \v 6 nanso onni ha. Wasɔre kɔ sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda hɔ no. \v 7 Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafo no se, ‘Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.’ Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo.” \p \v 8 Mmea no de ehu ne anigye a adi afra tutuu mmirika fii ɔda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafo no aka ɔbɔfo no nkra no akyerɛ wɔn. \v 9 Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, \wj “Asomdwoe nka mo.”\wj* Wobuu no nkotodwe, som no. \v 10 Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Munnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no se wɔnkɔ Galilea nkohyia me wɔ hɔ.”\wj* \s1 Nea Awɛmfo No Kae \p \v 11 Bere a mmea no rekɔ kurow no mu no, awɛmfo a wɔwɛn ɔda no mu bi kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. \v 12 Yudafo mpanyin no nyinaa hyiae, na wosii no gyinae se, wɔbɛma awɛmfo no sika aka akyerɛ wɔn \v 13 se, “Monka se, ‘Anadwo a yɛdae no na nʼasuafo no ba bewiaa amu no kɔe.’ ” \v 14 Wɔhyɛɛ awɛmfo no bɔ se, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yebedi mo adanse sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.” \v 15 Eyi nti awɛmfo no gyee sika no kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkae no trɛw faa Yudafo no mu nyinaa na wogye dii de besi nnɛ. \s1 Ɔsoma Kɛse No \p \v 16 Afei asuafo dubaako no sii mu kɔɔ Galilea bepɔw a Yesu kae se wɔnkɔ so no so. \v 17 Ɛhɔ na wohuu no, kotow, sɔree no. Nanso na wɔn mu bi nnye nni ara. \v 18 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.\wj* \v 19 \wj Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,\wj* \v 20 \wj na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”\wj*