\id MAL - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Malaki \toc1 Odiyifo Malaki Nhoma \toc2 Malaki \toc3 Mal \mt2 Odiyifo \mt1 Malaki \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 Nkɔmhyɛ nsɛm a \nd Awurade\nd* nam Odiyifo Malaki so de maa Israel. \s1 Wɔdɔ Yakob, Wɔtan Esau \p \v 2 “Madɔ mo,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \p “Nanso mubisa se, ‘Wodɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bɛn so?’ ” \p Na \nd Awurade\nd* bua se, “Esau nyɛ Yakob nua ana? Nanso madɔ Yakob, \v 3 na matan Esau, mayɛ nʼasase mmepɔwmmepɔw no kesee, na nʼagyapade nso magyaw ama nweatam so nnompo.” \p \v 4 Ebia Edom bɛka se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔadwerɛw yɛn de, nanso yɛbɛsan asi mmubui no.” \p Nanso sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* nso se: “Wobesi nanso mebubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn Amumɔyɛ Asase, nnipa a \nd Awurade\nd* abufuw bɛtena wɔn so daa. \v 5 Mode mo ankasa ani behu na moaka se, ‘\nd Awurade\nd* kɛseyɛ tra Israel ahye nyinaa!’ \s1 Afɔrebɔ A Ɛmfata \p \v 6 “Ɔbabarima de obu ma nʼagya, na ɔsomfo de nidi ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, nidi a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obu a ɛfata me no wɔ he?” Eyi na Asafo \nd Awurade\nd* bisa. \p “Mo asɔfo, mo na mosɛe me din. \p “Na mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn na yɛnam so asɛe wo din?’ \p \v 7 “Mode aduan a ho agu fi begu mʼafɔremuka so. \p “Afei mubisa se ‘Ɔkwan bɛn so na yɛafa agu wo ho fi?’ \p “Sɛ mokae se, \nd Awurade\nd* pon ho yɛ aniwu nti. \v 8 Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Ɛyɛ a, momfa akyɛde a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu ana?” Nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 9 “Afei monsrɛ Onyankopɔn, na onhu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔde sɛɛ fi mo nkyɛn a obegye mo ato mu ana?” Asafo \nd Awurade\nd* na ɔrebisa. \p \v 10 “Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔre dan no apon mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔremuka so! Mʼani nsɔ mo na merennye afɔrebɔde biara a efi mo nkyɛn,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \v 11 “Efi nea owia pue kosi nea owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔde a ɛho tew ne nnuhuam bɛbrɛ me, efisɛ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 12 “Nanso mode kasa fi ka se \nd Awurade\nd* pon ho ntew. Na mubu so aduan nso animtiaa. \v 13 Na moka se, ‘Adesoa duruduru!’ Na muhua no animtiaabu kwan so,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p “Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔre ma me a, minso mu ana?” Eyi na \nd Awurade\nd* bisa. \v 14 “Nnome nka osisifo a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nguankuw mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde nea wadi dɛm na ɛbɔ afɔre ma \nd Awurade\nd*. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wosuro me din wɔ amanaman mu,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \c 2 \s1 Asɔfo No Animka \p \v 1 Afei mo asɔfo, saa animka yi yɛ mo de. \v 2 Sɛ moantie, sɛ moanyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam a mede nnome bɛba mo so, na mɛdan mo nhyira ama ayɛ nnome. Yiw, madome wɔn dedaw, efisɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me anuonyam, sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 3 Mo nti mɛka mo asefo anim, na mede mo afahyɛ afɔrebɔ mmoa no agyanan bɛpete mo anim, na wɔasoa mo aka ho akɔ. \v 4 Na mubehu sɛ, masoma ma wɔde saa animka yi abrɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a me ne Lewi apam no bɛkɔ so atena hɔ. Sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \v 5 Me ne no yɛɛ apam, nkwa ne asomdwoe apam. Na ehia ma nidi, enti ɔde nidi maa me na ɔde fɛre maa me din. \v 6 Nokware nkyerɛkyerɛ fii nʼanom, na wanka nkontomposɛm biara. Ɔne me nantew asomdwoe ne nokwaredi mu, na ɔmaa bebree dan wɔn ho fii bɔne ho. \p \v 7 “Ɛsɛ sɛ, ɔsɔfo ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ fi ne nkyɛn, efisɛ ɔyɛ Asafo \nd Awurade\nd* no somafo. \v 8 Nanso moaman afi ɔkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree ahintihintiw; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \v 9 “Enti mama mo anim agu ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa anim, efisɛ moannantew mʼakwan so na mmom mode animhwɛ abu mmara so.” \s1 Yuda Anni Nokware \p \v 10 Yɛn nyinaa mfi Agya baako? Ɛnyɛ Onyankopɔn baako na ɔbɔɔ yɛn? Na, afei, adɛn nti na yenni yɛn ho yɛn ho nokware, na yɛde bu yɛn agyanom apam no so? \p \v 11 Yuda anni nokware. Akyiwadeyɛ bi asi wɔ Israel ne Yerusalem mu: Yuda agu hyiadan a \nd Awurade\nd* dɔ no ho fi, efisɛ waware ɔbea a ɔsom ananafo nyame. \v 12 Ɔbarima a ɔyɛ eyi de, sɛnea ɔte biara, \nd Awurade\nd* mpam no mfi Yakob ntamadan mu, mpo sɛ ɔde afɔrebɔde brɛ Asafo \nd Awurade\nd* no koraa a. \p \v 13 Ade a moyɛ bio ne sɛ: mode nusu fɔw \nd Awurade\nd* afɔremuka no. Mote nusu na mutwa adwo efisɛ ɔnhwɛ mo afɔrebɔde no bio, na ɔmmfa anigye nnye mfi mo nkyɛn. \v 14 Mubisa se, “Adɛn nti?” Efisɛ \nd Awurade\nd* te sɛ ɔdanseni a ɔda wo ne wo mmerantebere mu yere ntam, nanso woanni no nokware, ɛwɔ mu sɛ ɔyɛ wo yere wɔ aware nhyehyɛe mu de. \p \v 15 Ɛnyɛ \nd Awurade\nd* koro no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔ wɔn mu. Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di wo mmerantebere mu yere nokware. \p \v 16 “Mikyi awaregyae!” Sɛnea \nd Awurade\nd* Israel Nyankopɔn se ni. “Na metan ɔbarima a ɔde abufuwhyew hyɛ ne yere so na ɔsan de ne ntama kata no so,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p Enti da wo ho so wɔ honhom mu, na di nokware. \s1 Atemmuda \p \v 17 Mode mo nsɛm tuatua \nd Awurade\nd* aso. \p Mubisa se, “Ɔkwan bɛn so na moatuatua nʼaso?” \p Moka se, “Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa sen wɔ \nd Awurade\nd* anim, na wɔsɔ nʼani,” anaa “Onyankopɔn temmufo nokwafo no wɔ he?” \c 3 \p \v 1 Hwɛ! Mɛsoma me bɔfo a obesiesie kwan ama me. Afei mpofirim, \nd Awurade\nd* a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho bɔfo a mopɛ no no bɛba, sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 2 Na hena na obetumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hena na obetumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya a wɔde nan dade anaa ntamahorofo samina. \v 3 Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛtew Lewifo no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei \nd Awurade\nd* benya mmarima a wɔde ayɛyɛde bɛba wɔ kronkronyɛ mu, \v 4 na afɔrebɔde a efi Yuda ne Yerusalem bɛyɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani sɛnea na ɛte wɔ nna ne mfe a atwa mu no. \p \v 5 “Enti metwiw abɛn mo, abebu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanse atia ntafowayifo, aguamammɔ ne atorofo, wɔn a wosisi adwumayɛfo wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafo ne ayisaa so na wobu ntɛnkyew tia ahɔho na wonsuro me,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \s1 Wɔbɔ Onyankopɔn Korɔn \p \v 6 “Meyɛ Awurade a mennsakra. Ɛno nti na mo Yakob asefo, wɔnsɛee mo no. \v 7 Efi mo nenanom bere so moatwe mo ho afi me mmara ho, moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p “Nanso mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn so na yɛmfa nsan mmra?’ \p \v 8 “Onipa betumi abɔ Onyankopɔn korɔn ana? Nanso, mobɔ me korɔn! Na mubebisa se, ‘ɔkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔn?’ \p “Wɔ ntotoso du du ne afɔrebɔde mu. \v 9 Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, efisɛ, morebɔ me korɔn. \v 10 Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekoradan\f + \fr 3.10 \fr*\ft Adekoradan: Adekoradan a ɛwɔ kronkron mu kronkron (\+xt 1 Ah 7.51; 2 Be 31.11-12; Neh 13.12\+xt*). Ɔsoro mfɛnsere—Ɛkyerɛ asetena mu nhyira bebree. (\+xt 2 Ah 7.2,19; Nnw 78.23-24\+xt*). Mehwie…nhyira—Nhyira apam a mahyɛ ho bɔ no (\+xt 5 Mose 28.12; Yes 44.3\+xt*).\ft*\f* no mu, na aduan mmra me fi. Monsɔ me nhwɛ wɔ saa ɔkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a, morennya baabi nkora ne nyinaa mpo,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \v 11 “Meremma mmoa mmɛsɛe mo nnɔbae na borɔdɔma aba rentew ngu wɔ bere a ɛmmeree ɛ,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \v 12 “Na aman no nyinaa bɛka se wɔahyira mo, efisɛ mo asase so bɛyɛ anigye,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 13 “Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mubisa se, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 14 “Moaka se, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛgu, na yedii nʼahyɛde so na yɛkɔɔ Asafo \nd Awurade\nd* anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhow no, mfaso bɛn na yenyae? \v 15 Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no nea wɔahyira no. Nokware ni, nnebɔneyɛfo di yiye, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asi no, wɔfa wɔn ho di.’ ” \p \v 16 Na wɔn a wosuro \nd Awurade\nd* no ne wɔn ho wɔn ho kasae, na \nd Awurade\nd* tiei, na ogyee wɔn so. Wɔn a wosuro \nd Awurade\nd* na wodi ne din ni no, wɔkyerɛw wɔn din wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ nʼanim de yɛɛ nkae ade. \p \v 17 “Wɔbɛyɛ me dea,” sɛnea, Asafo \nd Awurade\nd* se ni. Da a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahode a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛnea agya nya ayamhyehye de ɔba a ɔyɛ osetie ho kyɛ no no. \v 18 Na mubehu nsonoe a ɛda atreneefo ne amumɔyɛfo ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no ntam. \c 4 \s1 \nd Awurade\nd* Da \p \v 1 “Ampa ara, da no reba; ɛbɛdɛw te sɛ fononoo. Ahomasofo ne nnebɔneyɛfo nyinaa bɛyɛ nwura gunnwan, na saa da a ɛreba no wɔde ogya bɛto mu,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. “Ɛrenka ntin anaa dubaa mma wɔn. \v 2 Nanso mo a mode nidi ma me din no, trenee owia bepue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mubepue na moahuruhuruw te sɛ nantwimma a wɔabue wɔn afi wɔn buw mu. \v 3 Na mubetiatia atirimɔdenfo so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo anan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 4 “Monkae mʼakoa Mose mmara, ahyɛde ne mmara a mede maa no wɔ Horeb so se ɔmfa mma Israelfo nyinaa. \p \v 5 “Mɛsoma Odiyifo Elia aba mo nkyɛn, ansa na \nd Awurade\nd* da kɛse a ɛyɛ hu no aba. \v 6 Ɔbɛdan agyanom koma akɔ wɔn mma so na wadan mma nso koma akɔ agyanom so, anyɛ saa a mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”