\id LUK - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Luka \toc1 Luka Asɛmpa No \toc2 Luka \toc3 Luk \mt1 Luka \mt2 Asɛmpa No \c 1 \s1 Hann A Ɛwɔ Sum Mu \p \v 1 Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden akyerɛw Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no. \v 2 Wɔkyerɛw faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wohuu saa nneɛma yi fi mfiase no nam so daa no adi no ho. \v 3 Nanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye. \v 4 Eyi bɛboa wo ma woahu nokware a ɛwɔ nea woasua no nyinaa mu. \s1 Osuboni Yohane Awo Ho Nkɔmhyɛ \p \v 5 Mede mʼasɛm no befi Yudafo sɔfo Sakaria a ɔtenaa ase wɔ Yudeahene Herode bere so a na ofi Abia asɔfokuw mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni. \v 6 Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokware mu a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim. \v 7 Na wonni ɔba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyin. \p \v 8 Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no, \v 9 wɔtow aba yii no sɛ, ɔnkɔhyew aduhuam wɔ ɔhyew afɔremuka no so. \v 10 Saa bere no ara nso na asafo no rebɔ mpae wɔ adiwo hɔ sɛnea wɔtaa yɛ no. \p \v 11 Sakaria gu so rehyew aduhuam no, prɛko pɛ, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so. \v 12 Sakaria huu no no, ɔbɔɔ piriw na ne ho popoe. \v 13 Nanso ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane. \v 14 Nʼawo bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛw wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye. \v 15 Ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam. \v 16 Israelfo pii nam nʼasɛnka so benya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn. \v 17 Obenya Odiyifo Elia honhom ahoɔden no bi, na obedi Agyenkwa no ba no anim abesiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma ntease aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdan Awurade asɛm no ho asoɔdenfo adwene akɔ Awurade pɛ ho.” \p \v 18 Sakaria buaa ɔbɔfo no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu? Mabɔ akwakoraa na me yere nso abɔ aberewa.” \p \v 19 Ɔbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo. \v 20 Esiane sɛ woagye akyinnye nti, wobɛtɔ mum akosi sɛ wɔbɛwo abofra no. Na nea maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.” \p \v 21 Saa bere yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba.\f + \fr 1.21 \fr*\ft Na nnipa no retwɛn sɛ Sakaria befi Kronkronbea hɔ aba na wabɛma wɔn Aaron nhyira (\+xt 4 Mose 6.24-26\+xt*). \ft*\f* Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ saa. \v 22 Bere a ɔbae no, wantumi ankasa ankyerɛ asafomma no. Wohu fii ne nneyɛe mu sɛ wahu nʼani so ade wɔ asɔredan mu hɔ. \p \v 23 Owiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ fie. \v 24 Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee asram anum. \v 25 Ɔde anigye kae se, “Awurade ayɛ me adɔe. Wayi animguase a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afi me so.” \s1 Yesu Awo Ho Nkɔmhyɛ \p \v 26 Elisabet nyinsɛn asram asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase \v 27 se, ɔnkɔ ɔbea kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ofi Ɔhene Dawid abusua mu no aware no nkyɛn. \v 28 Gabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, “Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.” \p \v 29 Ɔbɔfo no asɛm no maa Maria adwene mu yɛɛ no nnaa ma obisaa ne ho se, “Na saa nkyia yi ase ne dɛn?” \v 30 Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, “Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo. \v 31 Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. \v 32 Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no. \v 33 Na obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da.” \p \v 34 Maria bisaa ɔbɔfo no se, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ bere a ɔbarima nhuu me da?” \p \v 35 Ɔbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba. \v 36 Ɛbɛyɛ asram asia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonin anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewabere mu. \v 37 Efisɛ Onyankopɔn de, biribiara nso no yɛ.” \p \v 38 Maria kae se, “Me de, meyɛ Awurade afenaa. Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Afei, ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe. \s1 Maria Kɔsra Elisabet \p \v 39 Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔw so kurow bi mu. \v 40 Saa kurow no mu na Sakaria te. Oduu kurow no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria fi kɔsraa Elisabet. Okyiaa no. \v 41 Elisabet tee Maria nkyia no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amono mu hɔ ara na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma. \v 42 Elisabet de ahosɛpɛw teɛɛ mu se, “Maria, wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛse. \v 43 Anuonyam bɛn na ɛsen eyi. Me sɛɛ ne hena a anka mʼAwurade bɛba abɛsra me? \v 44 Wukyiaa me pɛ, na abofra no de anigye kekaa ne ho. \v 45 Nhyira nka wo sɛ wugye dii sɛ nea Onyankopɔn aka no ɔbɛyɛ; ɛno nti na wɔadom wo yi.” \s1 Maria Ayeyi Dwom \p \v 46 Maria kae se, \q1 “Me kra kamfo Awurade. \q2 \v 47 Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu; \q1 \v 48 efisɛ wahu nʼafenaa mmɔborɔni mmɔbɔ, \q2 na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no. \q2 \v 49 Efisɛ Ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me; \q1 \v 50 nʼahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso \q2 ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa. \q1 \v 51 Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no \q2 abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete. \q1 \v 52 Watu abirɛmpɔn ade so \q2 ama ahobrɛasefo so. \q1 \v 53 Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa \q2 na wagya ahonyafo kwan nsapan. \q1 \v 54 Waboa nʼakoa Israel \q2 na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ \q1 \v 55 a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefo no da.” \p \v 56 Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom. \s1 Osuboni Yohane Awo \p \v 57 Elisabet awo duu so no, ɔwoo ɔbabarima. \v 58 Nʼafipamfo ne nʼabusuafo tee adɔe a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigye dii ahurusi. \p \v 59 Eduu nnaawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiaa sɛ wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abofra no to nʼagya Sakaria. \v 60 Nanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.” \p \v 61 Wɔka kyerɛɛ no se, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.” \p \v 62 Eyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa nʼagya, din a wɔmfa nto abofra no. \v 63 Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. \v 64 Amono mu hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ofii ase yii Onyankopɔn ayɛ. \v 65 Wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa. \v 66 Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛno de, na dɛn na abofra yi rebenyin ayɛ? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.” \s1 Sakaria Nkɔmhyɛ \p \v 67 Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se, \q1 \v 68 “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, \q2 sɛ waba abegye ne manfo. \q1 \v 69 Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn, \q1 \v 70 sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ \q1 \v 71 sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo \q2 ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no, \q1 \v 72 sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ \q2 na wakae nʼapam kronkron no, \q2 \v 73 ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham no: \q1 \v 74 sɛ obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no, \q2 na yɛasom no a osuro biara nni mu. \q2 \v 75 Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo wɔ nʼanim. \b \b \q1 \v 76 “Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo \q2 efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no, \q1 \v 77 na wobɛkyerɛ ne manfo kwan a \q2 wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a enni awiei; \q1 \v 78 na eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ \q2 Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no, \q1 \v 79 na ɛbɛma hann a efi ɔsoro abepue yɛn so \q2 ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so, \q1 na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu.” \p \v 80 Abofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofii nʼasɛnka adwuma ase. \c 2 \s1 Yesu Awo \p \v 1 Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa. \v 2 Saa nnipakan yi ne nea edi kan wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no bere so. \v 3 Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din. \p \v 4 Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. \v 5 Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe. \v 6 Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria, \v 7 na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ. \p \v 8 Anadwo no ara, na nguanhwɛfo bi nso wɔ sare so baabi rewɛn wɔn nguan. \v 9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyia maa wɔn ho dwiriw wɔn. \v 10 Ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. \v 11 Nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. \v 12 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.” \p \v 13 Amono mu hɔ ara, abɔfokuw bɛkaa ɔbɔfo a ɔwɔ hɔ no ho ma wɔtoo ayeyi dwom se, \q1 \v 14 “Anuonyam nka Ɔsorosoro Nyankopɔn, \q2 na asomdwoe mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.” \p \v 15 Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.” \p \v 16 Wɔde ahoɔhare kɔɔ Betlehem kohuu Maria ne Yosef. Na wohuu abofra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. \v 17 Nguanhwɛfo no huu abofra no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro ɔbɔfo no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia wo hɔ no. \v 18 Wɔn a wɔtee nguanhwɛfo yi asɛm no nyinaa ho dwiriw wɔn. \v 19 Nanso Maria de, ɔde saa nsɛm a ɔtee no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. \v 20 Nguanhwɛfo no kohuu nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigye san wɔn akyi kɔɔ nea wɔn nguan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ. \s1 Yesu Dinto \p \v 21 Abofra no dii nnaawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔsoro ɔbɔfo no kyerɛɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Da no ara na wotwaa no twetia. \s1 Wɔde Yesu Kɔ Hyiadan Mu \p \v 22 Bere duu sɛ Yosef ne Maria kodwira wɔn ho sɛnea Mose mmara kyerɛ no, wɔde abofra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa. \v 23 Sɛnea Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbea wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ma Awurade.” \v 24 Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔre, sɛnea mmara no kyerɛ no wɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien na ɛbɔ afɔre no. \p \v 25 Da no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa trenee, ɔhotefo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. \v 26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no se ɔrenwu kosi sɛ obehu Agyenkwa a Awurade asra no no. \v 27 Enti bere a Maria ne Yosef duu asɔredan no mu sɛ wɔde abofra no rekɔma Awurade sɛnea mmara no te no, \v 28 wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abofra no, hyɛɛ Awurade anuonyam se, \q1 \v 29 “Awurade, \q2 afei ma wʼakoa nwu wɔ asomdwoe mu \q1 \v 30 efisɛ mʼani ahu Agyenkwa \q2 \v 31 a wohyɛɛ me ne ho bɔ no. \q1 \v 32 Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn wiase nyinaa \q2 na wahyɛ wo man Israel anuonyam!” \p \v 33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne na Maria nwonwa. \v 34 Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne na Maria se, “Saa abofra yi so na Israelfo mu dodow no ara nkwagye ne wɔn asehwe begyina. \v 35 Na ɔbɛma dodow no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria de, wubesi apini wɔ wo mu.” \s1 Ana Nkɔmhyɛ \p \v 36 Saa bere no, na Fanuel babea odiyifo Ana a ofi Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyin. Ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfe ason pɛ na ne kunu no wui. \v 37 Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn. \v 38 Saa bere no ara na ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a obegye Yerusalem no nyinaa. \p \v 39 Wowiee amanne sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, \v 40 Abofra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so. \s1 Yesu Wɔ Hyiadan Mu \p \v 41 Afe biara na Yesu awofo kɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.\f + \fr 2.41 \fr*\ft Na mmara no hyɛ sɛ mmarima a wɔanyinyin nkɔ afahyɛ ahorow abiɛsa no ase afe biara. Afahyɛ ahorow no ne Twam, Pentekoste ne Asese. Ɔkwan no tenten nti, na Yudafo no mu bebree ntumi nkɔ afahyɛ ahorow abiɛsa no nyinaa bi, nanso Twam afahyɛ no de, na wɔbɔ mmɔden kɔ.\ft*\f* \v 42 Sɛnea na wɔn amanne te no, Yesu dii mfe dumien no,\f + \fr 2.42 \fr*\ft Sɛ mmarimaa di mfirihyia dumien a, wofi ase yɛ ahoboa sɛ wobewura nyamesom mu afe a edi so no mu.\ft*\f* nʼawofo de no kɔɔ Yerusalem kodii Twam Afahyɛ no. \v 43 Wowiee afahyɛ no di a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofo no nnim. \v 44 Wotwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wofii ase bisabisaa nʼase fii wɔn abusuafo ne amannifo nkyɛn. \v 45 Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no. \v 46 Ne nnansa akyi no, wokohuu no wɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo\f + \fr 2.46 \fr*\ft Yerusalem akyerɛkyerɛfo a wonim mmara no yiye.\ft*\f* bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm. \v 47 Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuae nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwonwa. \v 48 Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ne na frɛɛ no bisaa no se, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.” \p \v 49 Yesu buaa wɔn se, \wj “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ mʼasɛde sɛ metena mʼagya fi som no ana?”\wj* \v 50 Nanso nʼawofo no ante nea ɔkae no ase. \p \v 51 Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim. \v 52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom. \c 3 \s1 Yesu Fi Ne Nnwuma Ase \p \v 1 Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so. \v 2 Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so, na Lisania di Abilene mansinhene, na Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin. \v 3 Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa se, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfi wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. \v 4 Sɛnea Odiyifo Yesaia kae se, \q1 “Nne bi teɛ mu wɔ sare so se, \q1 ‘Munsiesie kwan\f + \fr 3.4 \fr*\ft Ansa na ɔhene bi betu kwan akɔ akyirikyiri man bi so no, wosiesie akwan a ɔbɛfa so no so. Yohane adwumayɛ mu nso ɔyɛɛ ɔbrasu ne honhom fam nsiesiei maa Agyenkwa no. Osii ahonu ne bɔnefakyɛ a ɛho hia Agyenkwa no so dua.\ft*\f* mma Awurade; \q2 momma nʼatempɔn nteɛ. \q1 \v 5 Obon biara bɛyɛ ma. \q2 Bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam; \q1 asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa, \q2 na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw. \q1 \v 6 Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’ ” \p \v 7 Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ se ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho? \v 8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo. \v 9 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin ho sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.” \p \v 10 Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛno de, dɛn na yɛnyɛ?” \p \v 11 Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.” \p \v 12 Towgyefo\f + \fr 3.12 \fr*\ft Na wɔmpɛ Yudafo ananmusifo a wogye tow ma Roma aban, efisɛ na wɔboa ampɛnyamesom sodifo; na afei wosisi wɔn ankasa wɔn nkurɔfo.\ft*\f* a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?” \p \v 13 Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.” \p \v 14 Asraafo\f + \fr 3.14 \fr*\ft Na wɔma Yudafo akannifo no mmeae bi ne nnipakuw ahorow bi te sɛ hyiadan awɛmfo ne towgyefo asraafo kakra bammɔ. Na wɔnkasa ntia asraafo no dwumadi ne towgye, na mmom, nsɛmmɔne a asraafo ne towgyefo yɛ wɔ wɔn adwumayɛ mu no de, na wɔkasa tia.\ft*\f* bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?” \p Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!” \p \v 15 Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no. \v 16 Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. \v 17 Ɔno na sɛ ɔba a, obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.” \v 18 Ɔnam afotu ahorow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. \s1 Yohane Afiasenna \p \v 19 Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho. \v 20 Eyi maa Herode de Yohane too afiase. \s1 Yesu Asubɔ \p \v 21 Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei. \v 22 Honhom Kronkron sian te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.” \s1 Awo Ntoatoaso A Efi Yesu So Kosi Adam So \p \v 23 Yesu fii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuw sɛ, Yesu yɛ Yosef ba. \b \li1 Yosef agya ne Eli. \v 24 Eli agya ne Mattat; \li1 Mattat agya ne Lewi; Lewi agya ne Melki; \li1 Melki agya ne Yanai; Yanai agya ne Yosef; \li1 \v 25 Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos; \li1 Amos agya ne Nahum; Nahum agya ne Hesli; \li1 Hesli agya ne Nagai; \v 26 Nagai agya ne Mahat; \li1 Mahat agya ne Matatia; Matatia agya ne Semein; \li1 Semein agya ne Yosek; Yosek agya ne Yoda; \li1 \v 27 Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa; \li1 Resa agya ne Serubabel; Serubabel agya ne Sealtiel; \li1 Sealtiel agya ne Neri; \v 28 Neri agya ne Melki; \li1 Melki agya ne Adi; Adi agya ne Kosam; \li1 Kosam agya ne Elmadam; Elmadam agya ne Er; \li1 \v 29 Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser; \li1 Elieser agya ne Yorim; Yorim agya ne Matat; \li1 Mattat agya ne Lewi; \v 30 Lewi agya ne Simeon; \li1 Simeon agya ne Yuda; Yuda agya ne Yosef; Yosef agya ne \li1 Yonam; Yonam agya ne Eliakim; \li1 \v 31 Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena; \li1 Mena agya ne Matata; Matata agya ne Natan; \li1 Natan agya ne Dawid; \v 32 Dawid agya ne Yisai; \li1 Yisai agya ne Obed; Obed agya ne Boas; \li1 Boas agya ne Sala; Sala agya ne Nahson; \li1 \v 33 Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin; \li1 Admin agya ne Arni; Arni agya ne Hesron; Hesron agya ne \li1 Peres; Peres agya ne Yuda; \v 34 Yuda agya ne Yakob; \li1 Yakob agya ne Isak; Isak agya ne Abraham; \li1 Abraham agya ne Tera; Tera agya ne Nahor; \li1 \v 35 Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu; \li1 Reu agya ne Peleg; Peleg agya ne Eber; \li1 Eber agya ne Sala; \v 36 Sala agya ne Kainan; \li1 Kainan agya ne Arfaksad; Arfaksad agya ne Sem; \li1 Sem agya ne Noa; Noa agya ne Lamek; \li1 \v 37 Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok; \li1 Henok agya ne Yared; Yared agya ne Mahalalel; \li1 Mahalalel agya ne Kenan; \v 38 Kenan agya ne Enos; \li1 Enos agya ne Set; Set agya ne Adam; \li1 Adam agya ne Onyankopɔn. \c 4 \s1 Ɔbonsam Sɔ Yesu Hwɛ \p \v 1 Afei Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no fii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea sare so. \v 2 Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɔkɔm dee no. \p \v 3 Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.” \p \v 4 Yesu buaa no se, \wj “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.’ ”\wj* \p \v 5 Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw bi so kyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa bere tiaa bi mu. \v 6 Na ɔka kyerɛɛ Yesu se, \v 7 “Sɛ wobɛkotow, asom me a, mede ahenni ahorow yi ne mu tumi ne anuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.” \p \v 8 Yesu buaa no se, \wj “Wɔakyerɛw se, ‘Som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”\wj* \p \v 9 Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho fi nea wugyina hɔ to fam! \v 10 Efisɛ wɔakyerɛw se, \q1 “ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo \q2 abɛbɔ wo ho ban; \q1 \v 11 na wɔabɛwɛn wʼakwan nyinaa mu; \q2 wɔde wɔn nsa bɛma wo so, na wo nan ampem ɔbo.’ ” \p \v 12 Yesu buaa no se, \wj “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn nhwɛ.’ ”\wj* \p \v 13 Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ogyaw no hɔ kɔe. \s1 Yesu Asɛnka Mfiase \p \v 14 Yesu san baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛ koraa na ne din trɛw faa ɔman no mu nyinaa. \v 15 Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no. \s1 Wɔpo Yesu Wɔ Nasaret \p \v 16 Yesu baa Nasaret, kurow a ne mmofraase wɔtetew no wɔ mu no mu. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Kyerɛwsɛm. \v 17 Wɔde Odiyifo Yesaia nhoma hyɛɛ ne nsa na obuee baabi a wɔakyerɛw se, \q1 \v 18 \wj “Awurade Honhom wɔ me so,\wj* \q2 \wj na wɔafrɛ me sɛ\wj* \q2 \wj memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.\wj* \q1 \wj Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu se,\wj* \q2 \wj wobenya ahofadi,\wj* \q1 \wj na anifuraefo ahu ade ama wɔn a wobu wɔn animtiaa nso anya anuonyam.\wj* \q2 \v 19 \wj Honhom no asoma me sɛ memmɛka se, Awurade adom no aba.”\wj* \p \v 20 Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no komm. \v 21 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Nnɛ na Kyerɛwsɛm no aba mu.”\wj* \p \v 22 Na kasa pa ne nsɛm ahorow a ɔkaa no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa ma wobisaa se, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?” \p \v 23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Akyinnye biara nni ho sɛ mode bɛ yi bebu me sɛ, ‘Ɔyaresafo, sa wo ho yare. Nea yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’\wj* \p \v 24 \wj “Nanso mereka ama moate ase sɛ, Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne kurom.\wj* \v 25 \wj Nokware ni, Elia bere so no, na mmea akunafo bebree wɔ Israelman mu. Saa bere no osu antɔ mfe abiɛsa ne asram asia enti ɛmaa ɔkɔm kɛse baa ɔman no nyinaa mu.\wj* \v 26 \wj Nanso Onyankopɔn ansoma Odiyifo Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn.\wj* \v 27 \wj Bio, saa bere no na akwatafo bebree wɔ Israelman mu, nanso Odiyifo Elisa ansa obiara yare sɛ ɔsahene Naaman a ofi Siriaman mu no nko ara.”\wj* \p \v 28 Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkae no, wɔn bo fuwii papaapa. \v 29 Wɔde abufuw piapiaa no fii kurow no mu de no kɔɔ bepɔw a wɔn kurow da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ nʼatiko ama wakɔhwe bepɔw no ase. \v 30 Nanso ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi. \s1 Yesu Tu Honhommɔne \p \v 31 Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. \v 32 Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfo no nwonwa efisɛ ɔkasaa wɔ tumi so. \p \v 33 Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a honhommɔne ahyɛ no ma. Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu se, \v 34 “Yesu Nasareni, mmɛhaw yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.” \p \v 35 Yesu hyɛɛ honhommɔne no se, \wj “Tu fi ne mu kɔ!”\wj* Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na etu fii ne mu kɔe a hwee anyɛ no. \p \v 36 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden teɛ ahonhommɔne ma wotie yi?” \v 37 Nea ɔyɛɛ yi ho asɛm trɛw faa ɔman no mu nyinaa. \s1 Petro Asebea Ayaresa \p \v 38 Yesu fii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo sɛ atiridiinini abɔ Simon asebea. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. \v 39 Ɔkɔɔ nea ɔda hɔ kogyinaa ne nkyɛn, teɛɛ ɔyare no ma egyaee amono mu hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduan dii. \p \v 40 Onwini dwoe no, wɔde ayarefo pii bae se, Yesu nsa wɔn yare. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare. \v 41 Ahohommɔne fii nnipa no pii mu a na wɔreteɛteɛ mu se, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wommua wɔn ano, efisɛ na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no. \s1 Yesu Asɛnka Wɔ Yudea \p \v 42 Ade kyee no, Yesu tew ne ho kɔɔ sare so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfo no kyin hwehwɛɛ no na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. \v 43 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Ɛsɛ sɛ meka asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho no kyerɛ nkurow afoforo nso, efisɛ ɛno nti na wɔsomaa me.”\wj* \v 44 Yesu kyinkyin Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahorow mu kɔkaa asɛmpa no. \c 5 \s1 Asuafo A Wodi Kan No Frɛ \p \v 1 Da bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so sɛ wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. \v 2 Ohuu akorow abien a apopofo bi a wɔhohoro wɔn asau wɔ mu no agyaw wɔ ɔtare no ho. \v 3 Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ asu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi afi hɔ akasa akyerɛ nnipa no. \p \v 4 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, \wj “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree.”\wj* \p \v 5 Simon kae se, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm nti, yebegu yɛn asau no.” \p \v 6 Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. \v 7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo. \p \v 8 Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, “Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ sɛ wobɛn me.” \v 9 Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne ne ne dɔm no nwonwa. \v 10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa. \p Yesu ka kyerɛɛ Petro se, \wj “Nsuro efi nnɛ, wobɛyɛ nnipayifo.”\wj* \v 11 Wɔde akorow no beduu asu no ano hɔ no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii nʼakyi. \s1 Ɔkwatani Bi Ayaresa \p \v 12 Da bi a Yesu wɔ kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.” \p \v 13 Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se, \wj “Yiw, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.”\wj* Amono mu hɔ ara, ne ho fii. \p \v 14 Yesu hyɛɛ no se, \wj “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ akwatafo a wɔn ho afi no mmɔ sɛ adansedi no.”\wj* \p \v 15 Yesu anwonwadwuma a ɔyɛe yi maa ne ho asɛm trɛw mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree betiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yare nso. \v 16 Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ sare so kɔbɔ mpae. \s1 Yesu De Obubuafo Bi Bɔne Kyɛ No Sa No Yare \p \v 17 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. \v 18 Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi. \v 19 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim. \p \v 20 Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, \wj “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”\wj* \p \v 21 Farisifo no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?” \p \v 22 Esiane sɛ Yesu huu nea wodwinnwen no nti, obuaa wɔn se, \wj “Adɛn nti na modwene sɛ asɛm a mekae yi yɛ abususɛm?”\wj* \v 23 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se sɔre na nantew?\wj* \v 24 \wj Na sɛ ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so nti.”\wj* Mereka akyerɛ wo se, \wj “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ fie!”\wj* \v 25 Amono mu hɔ ara, ɔsɔre yii ne kɛtɛ kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. \v 26 Wɔn a wogyina hɔ no ho dwiriw wɔn. Ehu kaa wɔn. Woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Nnɛ de, yɛahu anwonwade.” \s1 Yesu Frɛ Lewi \p \v 27 Eyi akyi no, Yesu fii hɔ kohuu ɔtowgyeni Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Bedi mʼakyi.”\wj* \v 28 Lewi sɔre gyaw ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi. \p \v 29 Akyiri no, Lewi too pon wɔ ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ aponto no ase. \v 30 Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wonwiinwii bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi?” \p \v 31 Yesu buaa wɔn se, \wj “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare.\wj* \v 32 \wj Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”\wj* \s1 Mmuadadi Ho Asɛmmisa \p \v 33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Osuboni Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no de, wɔtaa di mmuada, na wʼasuafo de, daa wodidi na wɔnom?” \p \v 34 Yesu nso bisaa wɔn se, \wj “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, wɔ bere a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn ana?\wj* \v 35 \wj Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa bere no na wobedi mmuada.”\wj* \p \v 36 Yesu buu wɔn bɛ yi se, \wj “Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Na ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam.\wj* \v 37 \wj Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe.\wj* \v 38 \wj Eyi nti, nsa nkotoku foforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu.\wj* \v 39 \wj Obi nnom nsa dedaw nwie mmisa nsa foforo ase. Nea ɔnom no ka se, ‘dedaw no na eye.’ ”\wj* \c 6 \s1 Yesu Wɔ Homeda So Tumi \p \v 1 Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo no nam aburowfuw bi mu no asuafo no pempan aburow no bi huan, wee. \v 2 Farisifo bi bisaa no se, “Adɛn na moyɛ ade a etia Homeda ho mmara a wɔahyɛ no?” \p \v 3 Yesu buaa wɔn se, \wj “Monkenkan nea Ɔhene Dawid yɛɛ bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a wɔka ne ho no wɔ Kyerɛwsɛm no mu ana?\wj* \v 4 \wj Ɔkɔɔ asɔredan mu kɔfaa brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn a mmara mma ho kwan sɛ obi di, gye asɔfo nko ara no, de bi maa wɔn a wɔka ne ho no nso dii.”\wj* \v 5 Yesu kae se, \wj “Onipa Ba no ne Homeda no wura.”\wj* \p \v 6 Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi. \v 7 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm sɛ ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso ana. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne sɛ obebu mmara no so asa yare na wɔn nsa aka no akyere no. \v 8 Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, \wj “Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo.”\wj* Ɔbarima no sɔre begyinaa hɔ. \p \v 9 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Merebisa mo. Dɛn na mmara no ma ho kwan sɛ yɛnyɛ no Homeda; sɛ yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, sɛ yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?”\wj* \p \v 10 Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, \wj “Teɛ wo nsa.”\wj* Na ɔteɛɛ ne nsa no, emu yɛɛ den sɛ baako no. \v 11 Nea Yesu yɛe yi hyɛɛ nnipa no abufuw yiye ma wofii ase bɔɔ ne ho pɔw. \s1 Yesu Paw Asuafo Dumien \p \v 12 Da bi a Yesu kɔɔ bepɔw bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpae no ɔbɔɔ mpae anadwo mu no nyinaa \v 13 Ade kyee no ɔfrɛɛ nʼakyidifo no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔpaw wɔn mu dumien. Saa dumien yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafo. \b \li1 \v 14 Wɔn din na edidi so yi: Simon, a ɔtoo ne din Petro; Andrea, Simon nua; \li1 Yakobo, \li1 Yohane, \li1 Filipo, \li1 Bartolomeo, \li1 \v 15 Mateo, \li1 Toma, \li1 Yakobo a ɔyɛ Alfeo ba; \li1 Simon, a wɔfrɛ no Selote; \li1 \v 16 Yuda a ɔyɛ Yakobo ba; \li1 ne Yuda Iskariot a oyii Yesu mae no. \s1 Nhyira Ne Mmusu \p \v 17 Yesu fii bepɔw no so sian baa fam maa nʼakyidifo bebree ne nnipakuw a wofi Yudea, Yerusalem ne mpoano nkurow Tiro ne Sidon mu no betwaa ne ho hyiae. \v 18 Wɔbae sɛ wɔrebetie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Otuu ahonhommɔne bebree. \v 19 Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefo a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn. \p \v 20 Afei ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \q1 \wj “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafo,\wj* \q2 \wj na mo na Onyankopɔn ahenni no yɛ mo dea!\wj* \q1 \v 21 \wj Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo,\wj* \q2 \wj na mo na wɔbɛma mo amee.\wj* \q1 \wj Nhyira ne mo a mo werɛ ahow,\wj* \q2 \wj na mo na wɔbɛma mo ani agye.\wj* \q1 \v 22 \wj Nhyira ne mo a me din nti, nnipa tan mo,\wj* \q2 \wj na wɔpa mo na wɔyaw mo,\wj* \q2 \wj na wogu mo din ho fi.\wj* \p \v 23 \wj “Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na munni ahurusi! Munni ahurusi, efisɛ mo akatua retwɛn mo wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifo no.\wj* \q1 \v 24 \wj “Na mo adefo de, munnue efisɛ nea ɛma mo ani gye no,\wj* \q2 \wj mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio.\wj* \q1 \v 25 \wj Munnue, mo a moamee mprempren,\wj* \q2 \wj na mo na ɔkɔm bɛde mo!\wj* \q1 \wj Munnue, mo a moreserew mprempren,\wj* \q2 \wj na mo na mubesi apini asu.\wj* \q1 \v 26 \wj Munnue, mo a nnipa kamfo mo,\wj* \q2 \wj efisɛ saa ara na wɔn nenanom kamfoo atoro adiyifo no.”\wj* \s1 Monnɔ Mo Atamfo \p \v 27 \wj “Mereka akyerɛ mo a moretie me no nyinaa se monnɔ mo atamfo; monyɛ wɔn a wɔtan mo no papa.\wj* \v 28 \wj Munhyira wɔn a wɔdome mo; mommɔ mpae mma wɔn a wɔtan mo.\wj* \v 29 \wj Sɛ obi bɔ wʼasom a, dan baako a aka no ma no. Sɛ obi pa wo ntama a, worɔw wʼatade ka ho.\wj* \v 30 \wj Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼade a, mmisa no bio.\wj* \v 31 \wj Na nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.\wj* \p \v 32 \wj “Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo no nko ara a, mfaso bɛn na mubenya? ‘Nnebɔneyɛfo’ nso dɔ wɔn a wɔdɔ wɔn no.\wj* \v 33 \wj Na sɛ moyɛ wɔn a wɔyɛ mo papa no nko ara yiye a, mfaso bɛn na mubenya? Nnebɔneyɛfo mpo yɛ wɔn a wɔyɛ wɔn papa no nso yiye.\wj* \v 34 \wj Na sɛ mobɔ wɔn a mususuw sɛ wobetumi atua no nko ara bosea a, papa bɛn na moayɛ? Nnebɔneyɛfo nso bobɔbobɔ wɔn ho wɔn ho bosea, a wɔhwɛ sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio.\wj* \v 35 \wj Monnɔ mo atamfo. Monyɛ wɔn papa. Momma wɔn nea ehia wɔn a, mo ani nni akyi bio. Na sɛ moyɛ eyinom a mo akatua bɛyɛ kɛse wɔ ɔsoro na moayɛ Onyankopɔn mma; efisɛ Onyankopɔn yɛ nnebɔneyɛfo adɔe, na ɔdom bonniayɛfo nso.\wj* \v 36 \wj Monyɛ mmɔborɔhunufo sɛnea mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no yɛ mmɔborɔhunufo no.\wj* \p \v 37 \wj “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.\wj* \v 38 \wj Sɛ moma a, wɔbɛhyɛ mo anan mu. Nea mode ma no, wɔde susudua a wɔahyɛ no ma, amia so ama abu so na ebesusuw ama mo. Susudua a mode besusuw ama no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo.”\wj* \p \v 39 Yesu nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn bio se, \wj “Onifuraefo betumi akyerɛ onifuraefo kwan ama ayɛ yiye ana? Sɛ ɛba saa a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.\wj* \v 40 \wj Osuani nsen ne wura. Nanso sɛ ɔyere ne ho sua nea wɔrekyerɛ no no yiye a ɔbɛsɛ ne wura no.\wj* \p \v 41 \wj “Adɛn nti na wohwɛ dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho?\wj* \v 42 \wj Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minhuw dua ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ bere a mpuran a ɛda wʼani so no mfa wo ho. Nyaatwom, di kan yi mpuran a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahuw ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no ama no.\wj* \p \v 43 \wj “Dua pa nsow aba bɔne, na dua bɔne nso nsow aba pa.\wj* \v 44 \wj Dua biara aba na wɔnam so hu dua ko a ɛyɛ. Worentumi ntew borɔdɔma mfi nware so.\wj* \v 45 \wj Onipa pa fi nnepa a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade pa. Saa ara nso na onipa bɔne nso fi ne nnebɔne a ɛwɔ ne koma mu yɛ ade bɔne. Nea ahyɛ onipa koma ma no, na epue fi nʼano.\wj* \p \v 46 \wj “Adɛn nti na mofrɛ me ‘Awurade,’ nanso munni mʼasɛm so?\wj* \v 47 \wj Merekyerɛ mo sɛnea onipa biara a ɔba me nkyɛn, na otie mʼasɛm di so no te.\wj* \v 48 \wj Ɔte sɛ obi a na ɔresi dan na ɔtoo ne dan no fapem ma esii ɔbotan so. Na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ɔdan no ase nanso ammu, efisɛ osi sii ɔbotan so.\wj* \v 49 \wj Na nea ɔte mʼasɛm na onni so no te sɛ obi a ɔresi dan, na osii dan no sii nwea so, na osu tɔ maa nsu no yiri bɛbɔ faa ase ma edwiriw sɛee pasaa.”\wj* \c 7 \s1 Ɔsraani Panyin Bi Gyidi \p \v 1 Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo no wiee no, ɔkɔɔ Kapernaum. \v 2 Saa bere no ara mu na Roma ɔsraani panyin bi somfo a ɔpɛ nʼasɛm yiye yare denneennen a ɔreyɛ awu. \v 3 Ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi se wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne somfo no yare mma no. \v 4 Woduu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panyin no, efisɛ ɔyɛ onipa pa. \v 5 Wɔkae se, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn man na wasi hyiadan ama yɛn.” \v 6 Yesu ne wɔn sii mu. \p Wɔreyɛ adu fie hɔ no, ɔsraani panyin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu se, “Awurade, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ woba me fi. \v 7 Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me somfo no ho bɛyɛ no den. \v 8 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, ‘Bra’ a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ, ‘Yɛ eyi’ a, ɔyɛ.” \p \v 9 Yesu tee asɛm no, ne ho dwiriw no na ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nnipakuw a wodi nʼakyi no se, \wj “Anokwa, minhuu obiara a ɔwɔ gyidi sɛ saa ɔbarima yi wɔ Israelman nyinaa mu da.”\wj* \v 10 Bere a abɔfo no san koduu fie hɔ no, wohuu sɛ ɔsomfo no ho ayɛ no den. \s1 Yesu Nyan Okunafo Bi Ba Wɔ Nain \p \v 11 Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo ne nnipakuw bi a wɔka ne ho no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu. \v 12 Woduu kurotia no, ohuu sɛ wɔrekosie obi. Na owufo no yɛ ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no ba barima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi. \v 13 Awurade Yesu huu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Gyae su!”\wj* \p \v 14 Yesu kosoo funnaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn de no gyinae. Ɔka kyerɛɛ owufo no se. \wj “Aberante, mise wo sɛ, nyan!”\wj* \v 15 Aberante no sɔre tenaa ase na ɔkasae. Afei Yesu de no maa ne na. \p \v 16 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn yiye na woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Odiyifo kɛse bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu.” \v 17 Nea Yesu yɛɛ yi ho asɛm trɛw koduu Yudea ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu. \s1 Yesu Ne Osuboni Yohane \p \v 18 Yohane asuafo kɔbɔɔ no nea asi no nyinaa ho amanneɛ. \v 19 Yohane somaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?” \p \v 20 Asuafo no duu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no se, “Osuboni Yohane asoma yɛn wo nkyɛn se yemmebisa wo se, wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?” \p \v 21 Saa bere no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; otuu ahonhommɔne na ɔmaa anifuraefo huu ade. \v 22 Yesu buaa wɔn se. \wj “Monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane se, mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, mesa akwatafo yare, asotifo te asɛm, awufo nyan, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafo.\wj* \v 23 \wj Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”\wj* \s1 Yesu Di Yohane Ho Adanse \p \v 24 Yohane asuafo no fii Yesu nkyɛn kɔe no, Yesu dii Yohane ho adanse kyerɛɛ nnipakuw no. Obisaa wɔn se, \wj “Mokɔɔ sare so no, dɛn na muhui? Sare a mframa rehim no ana?\wj* \v 25 \wj Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa.\wj* \v 26 \wj Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo.\wj* \v 27 \wj Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se,\wj* \q1 \wj “ ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.\wj* \q2 \wj Ɔno na obesiesie kwan ama wo.’\wj* \m \v 28 \wj Meka kyerɛ mo se onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sen Yohane. Nanso nea ɔyɛ akumaa koraa wɔ Onyankopɔn ahemman mu no sen no.”\wj* \p \v 29 Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu se, Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. \v 30 Na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn asɛm nti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu. \p \v 31 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Dɛn na menka mfa nnɛmma yi ho; na dɛn ho na memfa wɔn ntoto?\wj* \v 32 \wj Wɔte sɛ mmofra bi a wɔregoru wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforo se,\wj* \q1 \wj “ ‘Yɛhyɛn mmɛn maa mo,\wj* \q2 \wj nanso moansaw;\wj* \q1 \wj yetwaa agyaadwo,\wj* \q2 \wj nanso moansu.’\wj* \m \v 33 \wj Osuboni Yohane aba a onnidi na ɔnnom nsa nso muse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’\wj* \v 34 \wj Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne “nnebɔneyɛfo” adamfo!’\wj* \v 35 \wj Nanso wɔn a wodi Onyankopɔn akyi nokware mu no de, wɔn bra di adanse sɛ, nʼakwan nyinaa ye.”\wj* \s1 Ɔbea Debɔneyɛfo Sra Yesu Aduhuam \p \v 36 Farisini bi frɛɛ Yesu adidi ma ɔpenee so kɔe. \v 37 Ɔte hɔ redidi no, ɔbea bi a obu bra bɔne wɔ kurow no mu tee ne nka no, ɔde aduhuam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ. \v 38 Ɔkotow Yesu nan ase sui, maa ne nusu no fɔw Yesu nan ase. Afei ɔde ne tinwi pepaa nisu no, soo ne nan de aduhuam no sraa ho. \p \v 39 Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no huu nea ɔbea no yɛe no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifo ampa ara a, anka obehu sɛ saa ɔbea yi bu ɔbra bɔne.” \p \v 40 Yesu huu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”\wj* \p Simon nso ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka ɛ.” \p \v 41 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare ahannum; na ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum.\wj* \v 42 \wj Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no nti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hena na wugye di sɛ ɔbɛpɛ ɔdefo no asɛm yiye?”\wj* \p \v 43 Simon buae se, “Migye di sɛ nea ɔde ne ka kɛse kyɛɛ no no.” \p Yesu kae se, \wj “Woabua no yiye.”\wj* \p \v 44 Afei Yesu dan nʼani kyerɛɛ ɔbea no bisaa Simon se, \wj “Woahu saa ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu anhohoro mʼanan ase; nanso saa ɔbea yi de ne nisu ahohoro mʼanan ase, asan de ne tinwi apepa.\wj* \v 45 \wj Mebae yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso efi bere a ɔbea yi bɛtoo me wɔ ha yi, onnyaee me nan mu so.\wj* \v 46 \wj Woamfa ngo amfɔw me tirim; nanso ɔbea yi de aduhuam a ɛsom bo asra mʼanan ase.\wj* \v 47 \wj Eyi nti mereka akyerɛ wo se, nea ɔbea yi ayɛ nti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, efisɛ wayi ɔdɔ kɛse bi adi akyerɛ. Na nea wɔde ne bɔne a esua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.”\wj* \p \v 48 Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, \wj “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”\wj* \p \v 49 Wɔn a ɔne wɔn te adidii no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a otumi de bɔne kyɛ?” \p \v 50 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, \wj “Wo gyidi agye wo nkwa. Fa asomdwoe kɔ.”\wj* \c 8 \s1 Mmea A Wodii Yesu Akyi \p \v 1 Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm a, \v 2 na nnipa a wodi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no \v 3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofi wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafo. \s1 Ogufo No Ho Bɛ \p \v 4 Da bi a nnipa bebree bi fi nkurow nkurow so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se, \v 5 \wj “Da bi, okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogui no, aba no bi koguu ɔkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa nso bɛsosɔwee.\wj* \v 6 \wj Ebi nso koguu ɔbotan so, enti efifii no, ankyɛ na ne nyinaa hyewee, efisɛ annya nsu.\wj* \v 7 \wj Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui.\wj* \v 8 \wj Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.”\wj* \p Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, \wj “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”\wj* \p \v 9 Na nʼasuafo no bisaa no saa bɛ no ase no, \v 10 obuaa wɔn se, \wj “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn mmebu mu,\wj* \q1 \wj “ ‘sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhu\wj* \q2 \wj na wɔbɛte, nanso wɔrente ase.’\wj* \s1 Bɛ No Nkyerɛase \p \v 11 \wj “Afei bɛ no nkyerɛase ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm.\wj* \v 12 \wj Aba a eguu ɔkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam behwim fi wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagye.\wj* \v 13 \wj Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu, nanso ɛntena wɔn mu. Na esiane wɔn gyidi a esua nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa abaw.\wj* \v 14 \wj Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ.\wj* \v 15 \wj Aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde koma pa tie asɛmpa no, na wodi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanse.\wj* \s1 Kanea Ho Bɛ \p \v 16 \wj “Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no.\wj* \v 17 \wj Nea ahintaw no bɛda adi, na nea ɛwɔ kokoa mu no nso ada gua.\wj* \v 18 \wj Enti nea mutie no, muntie no yiye. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na nea onni ahe bi no, nea osusuw sɛ ɛyɛ ne de no mpo, wobegye afi ne nsam.”\wj* \s1 Yesu Na Ne Ne Nuanom \p \v 19 Da bi, Yesu na ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso esiane nnipakuw a na wɔatwa ne ho ahyia no nti, wɔantumi ne no ankasa. \v 20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu se ne na ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no. \p \v 21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Me na ne me nuanom ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”\wj* \s1 Yesu Brɛ Ahum Ase \p \v 22 Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.”\wj* Wosii mu a wɔrekɔ no, \v 23 Yesu dae. Saa bere no ara mu na ahum a ano yɛ den bi bɔ maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛɛ sɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tuu yiye. \p \v 24 Asuafo no de hu ne nteɛteɛmu nyan no se, “Awurade, Awurade, yɛremem!” \p Amono mu hɔ ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn. \p \v 25 Afei obisaa wɔn se, \wj “Adɛn na munni gyidi?”\wj* Wɔn nyinaa suroe, de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?” \s1 Yesu Tu Ɔbarima Bi Ahohommɔne \p \v 26 Yesu ne nʼasuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so. \v 27 Yesu fii ɔkorow no mu sii fam pɛ na ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛ a ɔda adagyaw na ɔnte fie, na mmom ɔte amusiei a aboda mu na ɔdeda no behyiaa no. \v 28 Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu, kotow nʼanan ase san teɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.” \v 29 Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na Yesu ateɛteɛ ahonhommɔne no sɛ womfi ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde hama kyekyere ne nsa ne nʼanan mpo a, otumi tetew mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wuram. \p \v 30 Yesu bisaa no se, \wj “Wo din de dɛn?”\wj* \p Obuaa no se, “Dɔm.” Efisɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma. \v 31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wonnkogu amanehunu bon no mu. \p \v 32 Saa bere no na mprako bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho kwan na wonkowura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. \v 33 Enti ahonhommɔne no fii ɔbarima no mu kowuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kirididi, sian bepɔw no koguu ɔtare no mu wuwui. \p \v 34 Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no huu nea asi no, wɔde hu ne ahopopo tutuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa. \v 35 Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ nea asi. Woduu nea Yesu wɔ no, wohuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ofura ntama te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn. \v 36 Na wɔn a wohuu ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no ɔyare no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amanneɛ. \v 37 Ehu hyɛɛ Gerasefo a na wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa ma, ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Eyi nti, Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu san twa kɔɔ asuogya nohɔ. \p \v 38 Ansa na Yesu rebefi hɔ no, ɔbarima a otuu ahonhommɔne fii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, \v 39 \wj “Kɔ na kodi nea Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanse kyerɛ wo manfo.”\wj* Ɔbarima no fii hɔ kodii anwonwade a Yesu ayɛ ama no no ho adanse kyerɛɛ kurom hɔfo nyinaa. \s1 Yairo Babea \p \v 40 Yesu duu asuogya hɔ no, nnipakuw no de anigye hyiaa no kwan, efisɛ na wɔatwɛn no abrɛ. \v 41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fi \v 42 na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu. \p Bere a Yesu rekɔ no na nnipakuw no kyere ne so. \v 43 Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no, \v 44 fii Yesu akyi soo nʼatade ano. Amono mu hɔ ara na mogya a etu no no twae. \p \v 45 Yesu bisae se, \wj “Hena na osoo mʼatade ano no no?”\wj* \p Obiara buae se ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.” \p \v 46 Yesu buaa no se, \wj “Dabi, obi aso mʼatade mu efisɛ mete nka sɛ tumi bi afi me mu.”\wj* \p \v 47 Ɔbea no huu sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no. \v 48 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ.”\wj* \p \v 49 Yesu gu so rekasa no, obi fi Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, “Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio.” \p \v 50 Yesu tee asɛm no osee Yairo se, \wj “Nsuro, gye di, na wo babea no benyan anya nkwa.”\wj* \p \v 51 Oduu fie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara. \v 52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Munnsu, onwui na wada.”\wj* \p \v 53 Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ na wɔn de, wonim pefee sɛ wawu. \v 54 Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, \wj “Me ba, sɔre!”\wj* \v 55 Amono mu hɔ ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni. \v 56 Nʼawofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nkyerɛ obiara. \c 9 \s1 Dumien No Soma \p \v 1 Da bi Yesu frɛɛ Dumien no hyia maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde betu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso. \v 2 Afei ɔsomaa wɔn se wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm na wɔnsa nyarewa. \v 3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mo akwantu yi mu, mommfa biribiara nnkɔ, sɛ ɛyɛ pema anaa akwantukotoku, anaa aduan biara, anaa sika, anaa ntade abien abien.\wj* \v 4 \wj Na sɛ mokɔ kurow bi mu a, ofi biara a mobɛsoɛ wɔ mu no, ɛhɔ ara na montena nkosi sɛ mubefi kurow no mu.\wj* \v 5 \wj Sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo, na morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo anan ase mfutuma mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.”\wj* \v 6 Wofii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraase nkuraase kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso. \s1 Herode Pɛ Sɛ Ohu Yesu \p \v 7 Ɔmansinhene Herode tee nea Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaw no yiye, efisɛ na ebinom keka se Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu, \v 8 na afoforo nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifo no mu baako na wasɔre afi awufo mu aba. \v 9 Herode kae se, “Yohane de, matwa ne ti, na hena koraa ne saa onipa yi a mete anwonwasɛm a ɛte sɛɛ fa ne ho yi?” Eyi nti ɔpɛɛ sɛ ohu no. \s1 Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan \p \v 10 Asomafo no fii wɔn akwantu mu bae no, wɔbɔɔ nsɛm a esisii wɔ hɔ nyinaa ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. Eyi akyi na Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida. \v 11 Nnipadɔm no huu nea Yesu ne nʼasomafo no wɔ no, wotiw wɔn ma ogyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefo yare. \p \v 12 Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ faako a yɛwɔ yi yɛ sare so.” \p \v 13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mo ara momma wɔn biribi nni.”\wj* \p Wobuaa no se, “Yɛwɔ brodo anum ne mpataa abien pɛ. Ɛno nti gye sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa.” \v 14 Na nnipa bɛyɛ mpem anum na wɔahyia wɔ hɔ. \p Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.”\wj* \v 15 Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no. \v 16 Afei Yesu faa brodo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ ɔsoro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no se wɔnkyɛ mma nnipa no. \v 17 Obiara didi mee. Asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. \s1 Petro Kyerɛ Onipa Ko A Yesu Yɛ \p \v 18 Da bi a Yesu hyɛ kokoa mu baabi rebɔ mpae a nʼasuafo ka ne ho no, obisaa wɔn se, \wj “Nnipa ka se mene hena?”\wj* \p \v 19 Wobuaa no se, “Ebinom ka se, woyɛ Osuboni Yohane, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforo nso se, woyɛ tete adiyifo no mu baako a wasɔre afi awufo mu aba.” \p \v 20 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Na mo nso muse mene hena?”\wj* \p Petro buaa no se, “Wone Kristo, nea Onyankopɔn asoma no no.” \s1 Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm \p \v 21 Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara. \v 22 Ɔtoaa so se, \wj “Ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane pii; Yudafo mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nso bɛpo no. Akyiri no wobekum no, na ne nnansa so wasɔre.”\wj* \p \v 23 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa se, \wj “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasennua na onni mʼakyi.\wj* \v 24 \wj Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sen me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na nea me nti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka.\wj* \v 25 Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, dɛn mfaso na obenya? \v 26 \wj Na nea nʼani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Onipa Ba no bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfo kronkron no anuonyam mu no, mʼani bewu wɔ ne ho.\wj* \p \v 27 \wj “Na mereka akyerɛ mo se, mo a mugyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni no.”\wj* \s1 Yesu Anuonyam Hyerɛn \p \v 28 Yesu kaa ne nsɛm yi wiee no, ɛbɛyɛ nnaawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔw bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpae. \v 29 Na Yesu gu so rebɔ mpae no, nʼanimdua sesae, na nʼatade nso hyerɛnee. \v 30 Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia puee wɔ hɔ anuonyam mu ne no bɛkasae. \v 31 Wɔkasa faa ne wu a obewu a ɛde mahyɛ bɛba Yerusalem so no ho. \v 32 Saa bere no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wonyanyan a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. \v 33 Na ɛbaa sɛ nnipa no refi Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, eye sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese abiɛsa; wo de baako, Mose de baako na Elia nso de baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no. \p \v 34 Ogu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wosuroe. \v 35 Na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Ba a mayi no. Muntie no!” \v 36 Kasa yi akyi no, wohuu sɛ aka Yesu nko ara na ogyina hɔ. Na mmere no mu, wɔanka nea wohuu no ankyerɛ obiara. \s1 Otwafo Bi Ayaresa \p \v 37 Ade kyee a wosian fii bepɔw no so bae no, nnipakuw bi behyiaa Yesu. \v 38 Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛ mu se, “Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no bakoro ma me; \v 39 sɛ honhommɔne ba ne so a, amono mu, ɔteɛ mu, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so. \v 40 Na mesrɛɛ wʼasuafo no sɛ wontu honhommɔne no nanso wɔantumi.” \p \v 41 Yesu kae se, \wj “Ao! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!”\wj* Afei, ɔdan nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, \wj “Fa wo ba no bra ha.”\wj* \p \v 42 Ɔde abofra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Na Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. \v 43 Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn. \p Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \v 44 \wj “Muntie asɛm a merebɛka yi yiye. Wobeyi Kristo no ama.”\wj* \v 45 Nea ɔkaa yi na ɛyɛ ahintasɛm nti, asuafo no ante ase. Nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase. \s1 Nea Ɔyɛ Ɔkɛse Wɔ Onyankopɔn Anim \p \v 46 Asuafo no gyee akyinnye a ɛfa wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni mu no ho. \v 47 Na Yesu huu wɔn adwene no, osoo abofra bi mu de no begyinaa ne nkyɛn pɛɛ, \v 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Obiara a obegye saa abofra yi wɔ me din mu no, gye me; na nea ogye me no nso gye nea ɔsomaa me no. Nea ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛse.”\wj* \p \v 49 Yohane nso ka kyerɛɛ no se, “Awurade, yehuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.” \p \v 50 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Munnsiw no kwan, efisɛ nea ontia mo no, na ɔwɔ mo afa.”\wj* \s1 Samariafo Bi Po Yesu \p \v 51 Na bere a ɛsɛ sɛ Yesu san kɔ ɔsoro no rebɛn no, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. \v 52 Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii kan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wonkosiesie baabi mma no. \v 53 Nanso Samariafo no annye Yesu, efisɛ wohuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem. \v 54 Asuafo no tee nea aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu se, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya fi ɔsoro bɛhyew wɔn pasaa ana?” \v 55 Yesu dan nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim, \v 56 na wofii hɔ kɔɔ akuraa foforo bi ase. \s1 Kristo Akyidi Mu Brɛ \p \v 57 Bere a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi.” \p \v 58 Yesu buaa no se, \wj “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”\wj* \p \v 59 Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforo bi nso se, \wj “Bedi mʼakyi.”\wj* \p Nanso ɔbarima no kae se, “Awurade, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa.” \p \v 60 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo de, kɔka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.”\wj* \p \v 61 Na ɔfoforo nso kae se, “Awurade, medi wʼakyi nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafo nkodi nkra ansa.” \p \v 62 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadi bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, ɔmfata Onyankopɔn ahenni no.”\wj* \c 10 \s1 Asuafo Aduɔson No Soma \p \v 1 Eyi akyi no, Yesu yii nʼakyidifo no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkurow ne nkuraa a akyiri no ɔbɛkɔ hɔ no so. \v 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.\wj* \v 3 \wj Monkɔ, na meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu.\wj* \v 4 \wj Mommfa sika, akwantu kotoku anaa mpaboa; na munnkyia obiara nso a mubehyia no wɔ ɔkwan so.\wj* \p \v 5 \wj “Sɛ mokɔ ofi biara mu a, munni kan nkyia ofie hɔfo no se, ‘Asomdwoe nka mo!’\wj* \v 6 \wj Na sɛ asomdwoe ba bi wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛba ne so; na sɛ obi a ɔte saa nni hɔ a, mo asomdwoe bɛsan aba mo nkyɛn.\wj* \v 7 \wj Ofi biara a mokɔ mu no, momma hɔ nyɛ mo atenae; aduan biara a wɔde bɛma mo no, munni efisɛ ɛsɛ sɛ odwumayɛni biara nya nʼadwumayɛ so akatua; munnni atutena wɔ afi mu.\wj* \p \v 8 \wj “Na sɛ mokɔ kurow biara mu na wogye mo fɛw so a, aduan biara a wɔde bɛma mo no munni.\wj* \v 9 \wj Monsa kurow no mu ayarefo yare, na monka nkyerɛ ɛhɔfo nyinaa se, ‘Onyankopɔn ahenni no abɛn mo.’\wj* \v 10 \wj Nanso sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo fɛw so a monkɔ ne mmɔnten so nkɔpae mu nka se,\wj* \v 11 \wj ‘Mo kurom ha mfutuma a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporow agu, de atia mo; na mmom munhu pefee sɛ, Onyankopɔn ahenni no abɛn.’\wj* \v 12 \wj Mereka akyerɛ mo se, saa kurow no, asɛm a ɛbɛto wɔn atemmuda no bɛsen nea ɛtoo Sodom no.\wj* \p \v 13 \wj “Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛɛ wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw.\wj* \v 14 \wj Atemmuda no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon.\wj* \v 15 \wj Na wo Kapernaum, wugye di sɛ wubenya ɔsoro anuonyam? Dabi da, wobɛkɔ asaman.\wj* \p \v 16 \wj “Obiara a otie mo no tie me, na nea ɔpo mo no po me, na nea ɔpo me no nso po nea ɔsomaa me no.”\wj* \s1 Aduɔson No Amanneɛbɔ \p \v 17 Aduɔson no san de anigye ba bɛbɔɔ amanneɛ se, “Awurade, wo din nti ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.” \p \v 18 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mihuu sɛ ɔbonsam retew afi ɔsoro sɛ anyinam abɛhwe fam.\wj* \v 19 \wj Mama mo tumi ne ahoɔden a mode betiatia awɔ ne nkekantwɛre ne ɔtamfo no tumi biara a ɔwɔ so na biribiara nso rentumi mo.\wj* \v 20 \wj Nanso mommma mo ani nnye sɛ ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din wɔ ɔsoro.”\wj* \s1 Yesu Aseda Mpae \p \v 21 Saa bere no ara mu na Yesu de Honhom Kronkron mu anigye bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahintaw wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom woada nokware no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛase gye wo di sɛ mmofra no. Nanso Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa. \p \v 22 \wj “Mʼagya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no.”\wj* \p \v 23 Ɛkaa ɔne nʼasuafo no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu!\wj* \v 24 \wj Efisɛ adiyifo ne ahene pii pɛe sɛ anka wohu nea muhu yi na wɔte nea mote yi, nanso wɔanhu na wɔante.”\wj* \s1 Mmaranimfo Bi Asɛmmisa \p \v 25 Mmaranimfo bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ nti obisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya nkwa a enni awiei?” \p \v 26 Yesu nso bisaa no se, \wj “Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu? Na wote ase dɛn?”\wj* \p \v 27 Obuaa no se, “Mmara no ka se, ‘Fa wo koma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ ” \p \v 28 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Woabua no yiye. Yɛ eyinom na wubenya nkwa.”\wj* \p \v 29 Nanso ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ odi mmara no nyinaa so nti, obisaa Yesu se, “Hena ne me yɔnko?” \s1 Samariani A Ohuu Mmɔbɔ No \p \v 30 Yesu nso maa no mfatoho bi se, \wj “Da bi, na ɔbarima bi retu kwan afi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɔkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwamukafo mu na wogyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ beraw, gyaw no too ɔkwan kyɛn kɔe.\wj* \v 31 \wj Ankyɛ biara, Yudani sɔfo bi bepuee ne so, nanso ɔman faa nkyɛn kɔe.\wj* \v 32 \wj Saa ara nso na Lewini bi nso bepuee ne so man faa nkyɛn.\wj* \v 33 \wj Ankyɛ biara na Samariani bi nso beduu hɔ. Ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.\wj* \v 34 \wj Ɔkɔkotow ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuru no anim, de aduru guguu mu, kyekyeree. Afei ɔmaa no so de no tenaa nʼafurum so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa.\wj* \v 35 \wj Ade kyee no ogyaw ahɔhobea sohwɛfo no sika a ɛbɛso no hwɛ sɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsan hyɛɛ no bɔ se, ‘Ka foforo biara a wobɛbɔ wɔ ne ho no, mɛba abetua.’\wj* \p \v 36 \wj “Afei saa nnipa baasa yi mu hena na ɔyɛɛ ne yɔnko?”\wj* \p \v 37 Mmaranimfo no buae se, “Nea ohuu opirafo no mmɔbɔ no.” \p Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, \wj “Wo nso, kɔ na kɔyɛ saa ara.”\wj* \s1 Marta Ne Maria \p \v 38 Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafo rekɔ Yerusalem no, wokoduu akuraa bi ase. Woduu hɔ no, ɔbea bi a wɔfrɛ no Marta de no kɔɔ ne fi. \v 39 Marta nuabea bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam wɔ Yesu nkyɛn tiee no. \v 40 Saa bere no, Marta a nʼani abere reyɛ aduan no baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Awurade, mayɛ adwuma abrɛ, nti ka kyerɛ Maria na ommeso mu mma me.” \p \v 41 Awurade buaa no se, \wj “Marta, Marta, wudwinnwen haw wo ho wɔ nneɛma pii ho.\wj* \v 42 \wj Ade baako pɛ na ehia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfi ne nsam.”\wj* \c 11 \s1 Yesu Kyerɛ Mpaebɔ \p \v 1 Da bi, na Yesu rebɔ mpae wɔ baabi. Owiei no, nʼasuafo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ sɛnea Yohane kyerɛɛ nʼasuafo mpaebɔ no.” \p \v 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Sɛ morebɔ mpae a, monka se,\wj* \q1 \wj “‘Agya,\wj* \q1 \wj wo din ho ntew,\wj* \q1 \wj wʼahenni mmra.\wj* \q1 \v 3 \wj Ma yɛn yɛn ano aduan daa.\wj* \q1 \v 4 \wj Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn\wj* \q2 \wj sɛnea yɛn nso, yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no.\wj* \q1 \wj Na nnyaa yɛn mma yɛnnkɔ sɔhwɛ mu.’”\wj* \p \v 5 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Mo mu hena na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ ɔdasu mu akɔka akyerɛ no se, ‘Me nua, fɛm me aduan kakra,\wj* \v 6 \wj efisɛ ɔhɔho bi abefu me mu, na minni aduan biara a mede bɛma no,’\wj* \v 7 \wj na ɔbɛma no mmuae afi ne dan mu se, ‘Nhaw me! Mato me pon mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’\wj* \v 8 \wj Mereka akyerɛ mo se, na ade asa no nti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a ɔrensɔre. Nanso esiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no nti ɛbɛma wasɔre ama no nea ehia no no nyinaa.\wj* \p \v 9 \wj “Ɛno nti mereka akyerɛ mo se; Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mubehu; mompem na wobebue mo.\wj* \v 10 \wj Na obiara a obisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.\wj* \p \v 11 \wj “Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo,\wj* \v 12 \wj anaasɛ obisa no apataa a ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ obisa nkesua a ɔbɛma no akekantwɛre?\wj* \v 13 \wj Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wobisa no no?”\wj* \s1 Yesu Ne Beelsebul \p \v 14 Bere bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mum fii onipa bi mu. Honhommɔne no tu fii ne mu no, ɔkasa ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwiriw. \v 15 Nanso ebinom kae se, “Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul tumi so na etu ahonhommɔne.” \v 16 Afoforo nso pɛe sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro nkyerɛ wɔn. \p \v 17 Nanso ohuu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, \wj “Kurow biara a emu akyekyɛ no dan amamfo. Saa ara nso na ofi biara a emu kyekyɛ no gu.\wj* \v 18 \wj Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahenni begyina? Nea enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, muse menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne.\wj* \v 19 \wj Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahonhommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn.\wj* \v 20 \wj Nanso sɛ menam Onyankopɔn tumi so na mitu honhommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ahenni no aba mo so.\wj* \p \v 21 \wj “Sɛ ɔhoɔdenfo de akode wɛn ne fi a, obiara rentumi nkowia nʼagyapade;\wj* \v 22 \wj nanso sɛ nea ne ho yɛ den na ɔwɔ akode pa sen no kɔ ne so a, odi ne so nkonim, gye nʼakode a ɔde ne ho too so no, sesaw nʼagyapade no nyinaa kɔ.\wj* \p \v 23 \wj “Obiara a onni mʼafa no tia me, na nea ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu.\wj* \p \v 24 \wj “Sɛ wotu honhommɔne fi onipa bi mu a, ekyinkyin hwehwɛ homebea, nanso ennya bi. Na sɛ wannya homebea a ɔka se, ‘Mɛsan akɔ onipa a mifii ne mu bae no mu bio.’\wj* \v 25 \wj Na sɛ ɔsan kɔ onipa no mu a, obehu sɛ ɛhɔ tew a efi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ.\wj* \v 26 \wj Afei, ɔsan nʼakyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Eyi ma onipa no sɛe koraa sen sɛnea anka na ɔte kan no.”\wj* \s1 Ade A Ɛho Hia \p \v 27 Yesu gu so rekasa no, ɔbea bi fi nnipadɔm no mu kae se, “Nhyira nka ɔyafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunum ano no!” \p \v 28 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Ɛwɔ mu de, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so.”\wj* \s1 Yudafo Bisa Nsɛnkyerɛnne \p \v 29 Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Nnɛ mma yi yɛ nnebɔneyɛfo. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne bi ahu nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnne no.\wj* \v 30 \wj Na sɛnea Yona si yɛɛ nsɛnkyerɛnne maa Ninewefo no, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama nnɛ mma yi.\wj* \v 31 \wj Atemmuda no, Sebahemmea ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn efisɛ ofi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.\wj* \v 32 \wj Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha.\wj* \s1 Onipadua No Kanea \p \v 33 \wj “Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa.\wj* \v 34 \wj Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a na wo nipadua nso yɛ hann. Nanso sɛ enye a, ɛma wo nipadua no dan sum tumm.\wj* \v 35 \wj Enti hwɛ yiye na hann a ɛwɔ wo mu no annan sum.\wj* \v 36 \wj Sɛ wo nipadua yɛ hann a sum nni fa baabiara a, onipadua no bɛhyerɛn sɛnea kanea hyerɛn gu wo so no.”\wj* \s1 Farisini Bi Fi Adidi \p \v 37 Yesu kasa wiee no, Farisini bi hyiaa no adidi enti ɔkɔe se ɔne no rekodidi. \v 38 Farisini no huu sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛnea wɔn amanne kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwonwa. \p \v 39 Yesu huu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no se, \wj “Mo Farisifo de, mohohoro nkuku nsanka ne mprɛte ho, nanso fi, anibere ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ!\wj* \v 40 \wj Adwenharefo! Ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyi no ara na ɔyɛɛ mu nso?\wj* \v 41 \wj Monyɛ ahiafo adɔe na biribiara ho bɛtew ama mo.\wj* \p \v 42 \wj “Mo Farisifo, munnue! Moma mo nnɔbae so ntotoso du du, nanso mototo adetreneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ bagua mu a mopɛ sɛ nnipa hu mo kyia mo.\wj* \p \v 43 \wj “Mo Farisifo, munnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ.\wj* \p \v 44 \wj “Munnue! Efisɛ mote sɛ nna a ɛso asram na nnipa nantew so a wonnim sɛ wɔnam nna so.”\wj* \p \v 45 Mmaranimfo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.” \p \v 46 Yesu buaa no se, \wj “Mo mmaranimfo nso munnue! Mohyɛ nnipa ma wodi mmara a ɛyɛ den so pɛpɛɛpɛ, nanso mo de, munni so sɛ sɛnea ɛsɛ.\wj* \p \v 47 \wj “Munnue! Efisɛ, moatoto adiyifo a mo ankasa anaa mo agyanom kum wɔn no nna so.\wj* \v 48 \wj Mo nneyɛe yi di adanse sɛ mopene nea mo agyanom yɛe no so. Ne nkyerɛase ne sɛ mo agyanom kunkum adiyifo no na mo nso mototoo wɔn nna so maa wɔn.\wj* \v 49 \wj Eyi ne nea Onyankopɔn aka afa mo ho: ‘Mɛsoma adiyifo ne asomafo aba mo nkyɛn na mubekunkum bi na moataa wɔn a aka no.’\wj* \v 50 \wj Mereka akyerɛ mo se, adiyifo no mogya a wɔka gu fii wiase mfiase no,\wj* \v 51 \wj efi Habel kum so kosi Sakaria, a wokum no wɔ afɔremuka ne kronkronbea ntam hɔ no so, wobebisa ɛho asɛm afi mo nkyɛn.\wj* \p \v 52 \wj “Mo, mmaranimfo, munnue! Mode nokware hintaw mo nkurɔfo. Mo ankasa munni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wodi so no kwan mma wonni so.”\wj* \p \v 53 Ofi Farisini no fi hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfo ne Farisifo no dii nʼakyi de nsɛmmisa guan ne ho, \v 54 pɛɛ sɛ ɔka biribi a wobegyina so anya no akyere no. \c 12 \s1 Nyaatwomyɛ Ho Kɔkɔbɔ \p \v 1 Nnipa mpempem kyeree so a wonnya baabi ntu wɔn anan nsi mpo no, Yesu dii kan kasa kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo nyaatwom a ɛte sɛ mmɔkaw no ho.\wj* \v 2 \wj Biribiara a wɔyɛ no kokoa mu no bɛda adi na nea ahintaw no nso bepue.\wj* \v 3 \wj Enti nea moaka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu. Na nea moaka no asomsɛm wɔ adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuru.\wj* \s1 Onipa A Munsuro No \p \v 4 \wj “Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo se, munnsuro wɔn a wokum nipadua na ɛno akyi wontumi nyɛ hwee bio no.\wj* \v 5 \wj Na mɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ musuro no. Munsuro nea wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔtow kyene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo se, oyi na munsuro no.\wj* \v 6 \wj Wɔntɔn nkasanoma anum nnye sika kakraa bi? Nanso Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da.\wj* \v 7 \wj Mo tinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, efisɛ mosom bo sen nkasanoma pii.\wj* \s1 Kristo Ne Honhom Kronkron \p \v 8 \wj “Na mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfo no anim.\wj* \v 9 \wj Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfo anim.\wj* \v 10 \wj Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da.\wj* \p \v 11 \wj “Sɛ wɔde mo ba mpanyin anim wɔ hyiadan mu a, munnnwinnwen nsɛm a mobɛka anaasɛ nea mode beyi mo ho ano no ho,\wj* \v 12 \wj efisɛ saa bere no ara mu na Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.”\wj* \s1 Adifudepɛ Ho Kɔkɔbɔ \p \v 13 Obi fi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapade a yɛn agya de agyaw yɛn no.” \p \v 14 Yesu buaa no se, \wj “Damfo, hena na ɔyɛɛ me mo so otemmufo ne ɔsɛnnifo?”\wj* \v 15 Ɔtoaa so se, \wj “Monhwɛ mo ho yiye wɔ adifudepɛ ho efisɛ onipa nkwa nnyina nʼahonya dodow a ɔwɔ so.”\wj* \p \v 16 Afei obuu wɔn bɛ yi se, \wj “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbae pii.\wj* \v 17 \wj Esiane sɛ na ne nnɔbae no nkɔ pata a wabɔ no so nti ɛyɛɛ no dadwen ma obisaa ne ho se, ‘Minnya baabi a mede me nnɔbae bebrebe yi begu menyɛ no dɛn?’\wj* \p \v 18 \wj “Afei ɔkae se, ‘Minim nea mɛyɛ. Mebubu me pata yi nyinaa na mabɔ no akɛse de nea mewɔ nyinaa asie hɔ.\wj* \v 19 \wj Na maka akyerɛ me kra se, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom, efisɛ wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe bebree!” ’\wj* \p \v 20 \wj “Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi ara wobegye wo kra afi wo nsam, na hena na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode begyaw no?\wj*’ \p \v 21 \wj “Ɛno nti saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapade ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefo Onyankopɔn anim ne no.”\wj* \s1 Fa Wo Ho To Onyankopɔn So \p \v 22 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mubefura ho.\wj* \v 23 \wj Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.\wj* \v 24 \wj Monhwɛ kwaakwaadabi, wonnua aba na wontwa. Saa ara nso na wonni pata a wɔde wɔn nnɔbae sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan di. Monsom bo nsen wɔn ana?\wj* \v 25 \wj Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin?\wj* \v 26 \wj Na sɛ muntumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sɛɛ mpo a, adɛn na mudwinnwen nneɛma akɛse ho?\wj* \p \v 27 \wj “Monhwɛ sɛnea sukooko nyin. Wɔnyɛ adwuma, na wɔnnwen ntama mfura. Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi.\wj* \v 28 \wj Mo a mo gyidi hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wuram nhwiren a efifi nnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn nti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ.\wj* \v 29 Saa ara nso na munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom ho. \v 30 \wj Saa nneɛma yi na wiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo de, mo Agya nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo.\wj* \v 31 \wj Enti monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan na ɔde eyinom nyinaa bɛma mo.\wj* \p \v 32 \wj “Kuw ketewa, munnsuro efisɛ ɛyɛ mo Agya no pɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.\wj* \v 33 \wj Montontɔn mo ahode na monkyɛ ahiafo ade. Eyi bɛma mo agyapade a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapade wɔ ɔsoro, nea owifo ntumi nkowia na mfɔte ntumi nkɔwe.\wj* \v 34 \wj Na nea wʼagyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.”\wj* \s1 Monwɛn \p \v 35 \wj “Munnyina pintinn na momma mo akanea nhyerɛn,\wj* \v 36 \wj na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforohyia ase na sɛ ɔba na ɔbɔ pon mu pɛ a, wobebue no ntɛm no.\wj* \v 37 \wj Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani begye. Ɔbɛto wɔn pon na ɔno ankasa asom wɔn.\wj* \v 38 \wj Sɛ ɔba ɔdasu mu anaa ahemadakye mpo a asomfo a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no ani begye.\wj* \v 39 \wj Ɛsɛ sɛ muhu sɛ, sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifo no annya ne ho kwan ammɛbɔ no korɔn.\wj* \v 40 \wj Enti munsiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.”\wj* \p \v 41 Petro bisaa Yesu se, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?” \p \v 42 Yesu buaa no se, \wj “Merekasa akyerɛ ɔsomfo nokwafo nyansafo biara a ne wura de ne fi sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduan wɔ ne bere mu.\wj* \v 43 \wj Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.\wj* \v 44 \wj Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so!\wj* \v 45 \wj Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfo yi nso ka se, ‘Me wura nnya mmae’ na ɛno nti, ɔhwe asomfo a wɔaka no, na odidi, nom nsa bow a,\wj* \v 46 \wj ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso dennen na wabu no sɛ obi a onnye Onyankopɔn nni.\wj* \p \v 47 \wj “Ɔsomfo a onim nea ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛde no wɔbɛbɔ no mmaa pii.\wj* \v 48 \wj Na ɔsomfo a onnim nea ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ nea ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wobebisa pii afi ne nkyɛn; na nea wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, obebu bebree ho akontaa.”\wj* \s1 Mpaapaemu \p \v 49 \wj “Maba sɛ merebɛsɔ ogya wɔ asase so na sɛ asɔ dedaw a, na nea merehwehwɛ ara ne no.\wj* \v 50 \wj Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ, gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa.\wj* \v 51 \wj Mususuw sɛ mebae sɛ mede asomdwoe reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae na mmom mpaapaemu.\wj* \v 52 \wj Efi nnɛ, mpaapaemu bɛba afi mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me.\wj* \v 53 \wj Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabea ne ne na renyɛ adwene, ase ne asebea adwene renhyia.”\wj* \p \v 54 Na ɔka kyerɛɛ nnipakuw no nso se, \wj “Sɛ muhu sɛ osu amuna wɔ atɔe a, ntɛm ara, moka se, ‘Osu bɛtɔ’! Na osu tɔ ampa.\wj* \v 55 \wj Saa ara nso na sɛ muhu sɛ mframa bɔ fi anafo reba a, moka se, ‘Ahuhuru bɛba!’ Na ɛba mu ampa.\wj* \v 56 \wj Mo nyaatwomfo! Mutumi kyerɛ wim nsakrae ase, nanso nneɛma a nnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne nea ɛbɔ mo kɔkɔ no de, munhu.\wj* \p \v 57 \wj “Adɛn nti na munim nea eye na monyɛ?\wj* \v 58 \wj Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kohu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asennii amma otemmufo amfa wo anto afiase.\wj* \v 59 \wj Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”\wj* \c 13 \s1 Sakra Wʼadwene; Anyɛ Saa A Wubewu \p \v 1 Saa bere no na nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu se Pilato akum Galileafo bi a wɔrebɔ afɔre ama Onyankopɔn na ɔde wɔn mogya afra afɔrebɔ no. \v 2 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mugye di sɛ saa Galileafo no yɛ nnebɔneyɛfo sen wɔn a aka no nyinaa nti na wokum wɔn no?\wj* \v 3 \wj Dabi da, sɛ mo nso moansakra mo adwene a, wobekunkum mo saa ara.\wj* \v 4 \wj Anaasɛ mususuw sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kunkum wɔn no yɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a na wɔte Yerusalem no?\wj* \v 5 \wj Dabi da, mo nso moansakra a, mubewuwu saa ara.”\wj* \p \v 6 Afei Yesu buu wɔn bɛ yi se, \wj “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Da bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔtew so aba no bi nanso wannya bi.\wj* \v 7 \wj Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Mfe abiɛsa ni, bere biara a mɛba sɛ merebɛtew borɔdɔma no bi no, minnya bi. Adɛn nti na ɛresɛe kwa yi? Twa kyene.’\wj* \p \v 8 \wj “Turo no sohwɛfo no srɛɛ no se, ‘Me wura, ma ensi hɔ afe yi nso na mingugu ase sumina nhwɛ\wj* \v 9 \wj sɛ ebia, ɛbɛsow aba bi ana, na sɛ antumi ansow a ɛno de metwa akyene.’ ”\wj* \s1 Yesu Sa Yare Homeda \p \v 10 Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no, \v 11 na ɔbea bi wɔ hɔ a honhommɔne mu ɔyare bi akyere no mfe dunwɔtwe ama ne mu akoa a ontumi nteɛ ne mu koraa. \v 12 Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, \wj “Ɔbea, wo ho nyɛ wo den.”\wj* \v 13 Ɔde ne nsa guu ne so, na amono mu hɔ ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ. \p \v 14 Hyiadan no so panyin a ohuu ɔbea no ayaresa no de abufuw kae se, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.” \p \v 15 Na Awurade buaa no se, \wj “Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda?\wj* \v 16 Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?” \p \v 17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wui. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwonwade ahorow a ɔyɛe no nyinaa ho. \s1 Onyaa Aba Ne Mmɔkaw Ho Bɛ \p \v 18 Afei Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ahenni no ho asɛm, na obisaa wɔn se, \wj “Onyankopɔn ahenni no te dɛn? Na dɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ ase?\wj* \v 19 \wj Onyankopɔn ahenni no te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuw mu na enyin yɛɛ dutan kɛse maa nnomaa kɔnwen wɔn mmerebuw wɔ so.”\wj* \p \v 20 Obisaa bio se, \wj “Dɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ ase?\wj* \v 21 \wj Ɛte sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.”\wj* \s1 Ɔpon Teateaa No \p \v 22 Bere a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow so ne nkuraa ase ansa na ɔredu hɔ. \v 23 Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no se, “Awurade, nnipa kakraa bi na wobegye wɔn nkwa ana?” \p Obuaa no se, \v 24 \wj “Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu, efisɛ nnipa pii bɛhwehwɛ sɛ wobewura mu, nanso wɔrentumi.\wj* \v 25 \wj Sɛ ɛba sɛ ofiwura no ato ɔpon no mu a, mobɛba abegyina akyi abɔ mu, aka se, ‘Owura, yɛsrɛ wo bue yɛn.’\wj* \p \wj “Na ɔno nso abisa mo se, ‘Mufi he? Minnim mo?’\wj* \p \v 26 \wj “Na mo nso moaka akyerɛ no se, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔn so.’\wj* \p \v 27 \wj “Na ofiwura no nso bebisa mo bio se, ‘Mufi he? Minnim mo. Mumfi mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo!’\wj* \p \v 28 \wj “Na sɛ muhu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfo no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ahenni no mu a, mode mo nsa begu mo ti atwa agyaadwo, efisɛ wɔbɛtow mo agu sum kabii mu.\wj* \v 29 \wj Nnipa fi apuei ne atɔe nyinaa behyia wɔ Onyankopɔn ahenni no mu hɔ ato nsa adidi.\wj* \v 30 \wj Na monkae sɛ akyikafo bi wɔ hɔ a, wobedi kan, na adikanfo bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”\wj* \s1 Yesu Twa Yerusalem Ho Agyaadwo \p \v 31 Saa bere no ara mu na Farisifo bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Fi ha kɔ, efisɛ Herode rehwehwɛ wo akum wo.” \p \v 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monkɔka nkyerɛ sakraman no se, ‘mitu ahonhommɔne, na masa nyarewa nnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, medu Yerusalem.’\wj* \v 33 \wj Nanso ɛsɛ sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyee, na otwa ara na etwa sɛ odiyifo bewu wɔ Yerusalem!\wj* \p \v 34 \wj “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbeatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase nanso moampene so.\wj* \v 35 \wj Na mo afi bɛdan afituw na morenhu me kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no!’ ”\wj* \c 14 \s1 Yesu Wɔ Farisini Bi Fi \p \v 1 Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ. \v 2 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhon. \v 3 Yesu bisaa Farisifo no ne mmaranimfo a na wɔwɔ hɔ no se, \wj “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yare homeda ana?”\wj* \v 4 Wɔammua no. Enti Yesu soo ɔyarefo no mu saa no yare, gyaa no kwan. \p \v 5 Yesu bisaa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa se, \wj “Mo mu hena na sɛ nʼafurum tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?”\wj* \v 6 Nanso wɔantumi ammua no. \p \v 7 Afei Yesu huu sɛ nnipa a wɔfrɛɛ wɔn baa adidi no ase no mu biara pɛ sɛ ɔtena mpanyin tenabea no, obuu wɔn bɛ bi se, \v 8 \wj “Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ aponto ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanyin tenabea, efisɛ ebia na wato nsa afrɛ onipa titiriw bi a ɔsen wo.\wj* \v 9 \wj Sɛ ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no betu wo afi akongua a wote so no so de ama nea ɔsen wo no na wode aniwu akɔtena akyi baabi.\wj* \v 10 \wj Enti sɛ obi hyia wo kɔ aponto ase a, kɔtena akyi baabi na sɛ nea ohyiaa wo no behu wo a, waka akyerɛ wo se, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanyin tenabea.’\wj* \v 11 \wj Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”\wj* \p \v 12 Afei Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no se, \wj “Sɛ woto pon a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafo ne asikafo a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a na wonyɛɛ hwee ɛ.\wj* \v 13 \wj Na sɛ woto pon a hyia ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo.\wj* \v 14 \wj Esiane sɛ wɔrentumi nyɛ saa bi mma wo no nti, da a atreneefo bɛsɔre afi awufo mu no, Onyankopɔn behyira wo.”\wj* \s1 Aponto Kɛse No Ho Bɛ \p \v 15 Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no; ɔkae se, “Nhyira nka nea obedidi wɔ Onyankopɔn ahenni no mu.” \p \v 16 Yesu buaa no se, \wj “Da bi, ɔbarima bi too pon kɛse hyiaa nnipa bebree.\wj* \v 17 \wj Bere soe no, ɔnam tumi so somaa ne somfo bi se ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no se wɔmmra.\wj* \p \v 18 \wj “Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, ‘Matɔ asase a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’\wj* \p \v 19 \wj “Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, ‘Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ mʼafuw a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’\wj* \p \v 20 \wj “Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’\wj* \p \v 21 \wj “Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, ‘Ka wo ho kɔ mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye sɛ wɔmmra.’\wj* \p \v 22 \wj “Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.\wj* \p \v 23 \wj “Ɛno nti owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, mato pon, enti wɔmmra.\wj* \v 24 \wj Na merema woate ase sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduan yi bi bɛka nʼano da biara da.’ ”\wj* \s1 Yesu Akyidi \p \v 25 Da bi a na nkurɔfo akuwakuw bi di Yesu akyi no, ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, \v 26 \wj “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sen nʼawofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a ɔrentumi nyɛ me suani.\wj* \v 27 \wj Obiara a odi mʼakyi na ontumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.\wj* \p \v 28 \wj “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie?\wj* \v 29 \wj Anyɛ saa na ofi ɔdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wohu no nyinaa bɛserew no,\wj* \v 30 \wj aka se, ‘Onipa yi fii ase sɛ ɔresi dan, nanso wantumi anwie.’\wj* \p \v 31 \wj “Anaasɛ ɔhene bɛn na okura asraafo mpem du na ɔrekohyia ɔsahene foforo a okura asraafo mpem aduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono?\wj* \v 32 \wj Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforo no bɛbɛn no no, otu abɔfo kohu no se, ɔmma wonsiesie wɔn ntam na asomdwoe mmra.\wj* \v 33 \wj Ɛno nti obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.\wj* \p \v 34 \wj “Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio?\wj* \v 35 \wj So nni mfaso mma biribiara. Wɔbɛtow agu.\wj* \p \wj “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”\wj* \c 15 \s1 Oguan A Wayera No Ho Bɛ \p \v 1 Da bi, towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii baa Yesu nkyɛn betiee no. \v 2 Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfo, san ne wɔn to nsa didi.” \p \v 3 Saa asɛm a wɔkaa no ma obuu wɔn bɛ bi se, \v 4 \wj “Mo mu hena na sɛ ɔwɔ nguan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin sare so nhwehwɛ nea wayera no kosi sɛ obehu no?\wj* \v 5 \wj Na sɛ ohu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigye de no aba.\wj* \v 6 \wj Na sɛ odu fie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa aka akyerɛ wɔn se, ‘Momma yennye yɛn ani, efisɛ mahu me guan a ɔyerae no.’\wj* \v 7 \wj Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛni baako sakra nʼadwene a, ɔsorofo nyinaa ani gye sen sɛ atreneefo aduɔkron akron wɔ hɔ a adwensakra ho nhia wɔn no.\wj* \p \v 8 \wj “Anaasɛ ɔbea bɛn na sɛ ne sika mpɔw du mu baako yera a, ɔrensɔ kanea mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kosi sɛ obehu.\wj* \v 9 \wj Na sɛ ohu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa nka nkyerɛ wɔn se, ‘Momma yɛn ani nnye, efisɛ mahu me sika mpɔw a ɛyerae no.’\wj* \v 10 \wj Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛni baako sakra nʼadwene a, Onyankopɔn abɔfo ani gye ara ne no.”\wj* \s1 Ɔyera Ba \p \v 11 Yesu san buu wɔn ɔyera ho bɛ bi se, \wj “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmabarima baanu.\wj* \v 12 \wj Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Mʼagya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapade mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no.\wj* \p \v 13 \wj “Nna tiaa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahode nyinaa ano tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra hweree nʼahode nyinaa.\wj* \v 14 \wj Ɛno akyi no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so maa ne ho kyeree no.\wj* \v 15 \wj Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdan kuroni bi a ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so.\wj* \v 16 \wj Ɔwɔ hɔ no, ɔkɔm dee no maa ne kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a mprako no di no bi mpo adi, nanso wannya.\wj* \p \v 17 \wj “Nʼani baa ne ho so no, ɔkae se, ‘Apaafo a wɔwɔ mʼagya fi didi mee, ma bi ka ma wɔtow gu. Adɛn na mete ha na ɔkɔm rekum me yi!\wj* \v 18 \wj Mɛsɔre akɔ mʼagya nkyɛn na maka akyerɛ no se, Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne,\wj* \v 19 \wj na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafo no mu baako.’\wj* \v 20 \wj Osii mu sɛ ɔresan aba nʼagya nkyɛn.\wj* \p \wj “Ɔnam kwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no huu no, enti ɔde ayamhyehye yɛɛ ntɛm kohyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.\wj* \p \v 21 \wj “Aberante yi ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’\wj* \p \v 22 \wj “Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monka mo ho nkɔfa ntama pa mmefura no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ.\wj* \v 23 \wj Afei munkokum nantwi ba a wadɔ srade no mfa nyɛ aduan, na yennidi, nnom, nnye yɛn ani,\wj* \v 24 \wj efisɛ na misusuw sɛ me ba yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ Wofii ase gyee wɔn ani.\wj* \p \v 25 \wj “Ne ba panyin a na ofi afum reba no duu afikyiri no, ɔtee nnwonto ne ahurusidi wɔ fie hɔ.\wj* \v 26 \wj Ɛno nti ɔfrɛɛ asomfo no mu baako bisaa no nea ɛrekɔ so wɔ fie hɔ.\wj* \v 27 \wj Ɔsomfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Wo nua no asan aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’\wj* \p \v 28 \wj “Ɔtee saa no, ne bo fuwii, enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ fie hɔ. Nʼagya tee no, ofii adi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no.\wj* \v 29 \wj Ne ba no de awerɛhow buaa no se, ‘Agya, masom wo mfe dodow yi nyinaa a nea wobɛka biara mitie, nanso wommaa me oguan ba mpo da sɛ minkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani.\wj* \v 30 \wj Nanso wo ba a ɔkɔbɔɔ ahohwi no bae yi de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’\wj* \p \v 31 \wj “Nʼagya buaa no se, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso yɛ wo dea.\wj* \v 32 \wj Ɛsɛ sɛ yegye yɛn ani, efisɛ na misusuw sɛ wo nua yi awu, sɛɛ na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ ”\wj* \c 16 \s1 Ofi Sohwɛfo Okontomponi No \p \v 1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ ofi sohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee sɛ ne fi sohwɛfo no resɛe ne nneɛma.\wj* \v 2 \wj Ɔtee saa asɛm no, ɔfrɛɛ ne fi sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Dɛn na metete fa wo ho yi? Bebu wʼadwuma ho akontaa kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’\wj* \p \v 3 \wj “Ofi sohwɛfo no kaa wɔ ne tirim se, ‘Menyɛ dɛn ni? Nnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade.\wj* \v 4 \wj Minim nea mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no behu me mmɔbɔ.’\wj* \p \v 5 \wj “Enti ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Obisaa nea odi kan no se, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’\wj* \p \v 6 \wj “Obuae se, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’\wj* \p \wj “Enti ɔka kyerɛɛ no se, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode ngo nhina du ka.’\wj* \p \v 7 \wj “Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforo bi nso bisaa no se, ‘Na wo nso, ka ahe na wode me wura?’\wj* \p \wj “Ɔno nso buae se, ‘Mede aburow nkotoku ɔha ka.’\wj* \p \wj “Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode nkotoku aduonum ka!’\wj* \p \v 8 \wj “Ɔdefo no huu nea ofi sohwɛfo no yɛe no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no wɔ nʼanifiri no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw sɛ wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no.\wj* \v 9 \wj Na me nso mise mo sɛ, momfa wiase ahonyade no bi nyɛ nnamfo, na sɛ ɛsa a wɔagye mo.\wj* \p \v 10 \wj “Nanso nea odi nokware wɔ kakraa bi ho no bedi nokware wɔ pii ho; na nea onni nokware wɔ kakraa bi ho no rentumi nni nokware wɔ pii ho.\wj* \v 11 \wj Sɛ moantumi anni nokware wɔ wiase nneɛma ho a, hena na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa?\wj* \v 12 \wj Sɛ moanni nokware wɔ obi ade bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo?\wj* \p \v 13 \wj “Ɔsomfo biara rentumi nsom awuranom baanu, efisɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yiye na wabu ɔbaako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyade.”\wj* \p \v 14 Farisifo sikaniberefo no tee nea Yesu kae no, wodii ne ho fɛw. \v 15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Moyɛ nnipa a mubu mo ho atreneefo wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo koma mu. Na nea ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyide wɔ Onyankopɔn anim.\wj* \p \v 16 \wj “Ansa na Osuboni Yohane bɛba no na Mose mmara ne adiyifo no nsɛm no na mudi so. Na Osuboni Yohane bae no ɔbɛkaa Onyankopɔn ahenni ho nsɛm kyerɛɛ mo, nti nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa ahenni no mu.\wj* \v 17 \wj Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwa mu sen sɛ mmara no mu nsensanee ketewa baako mpo bɛyera.\wj* \p \v 18 \wj “Obiara a ogyaa ne yere aware na ɔware ɔfoforo no bɔ aguaman; na nea ɔware ɔbea biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ aguaman.”\wj* \s1 Ɔdefo Bi Ne Lasaro \p \v 19 Yesu toaa so kae se, \wj “Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso.\wj* \v 20 \wj Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano.\wj* \v 21 \wj Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da hɔ no bɛtaforo nʼakuru no mu.\wj* \p \v 22 \wj “Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no.\wj* \v 23 \wj Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn.\wj* \v 24 \wj Ɔdefo no teɛɛ mu se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’\wj* \p \v 25 \wj “Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no wudii dɛ na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi dɛ na wo nso woredi yaw.\wj* \v 26 \wj Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’\wj* \p \v 27 \wj “Ɔdefo no san ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya fi,\wj* \v 28 \wj efisɛ mewɔ nuabarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyeraw yi mu bi.’\wj* \p \v 29 \wj “Abraham buaa no se, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka enti ma wontie na wonni so.’\wj* \p \v 30 \wj “Ɔdefo yi kaa bio se, ‘Agya Abraham, nea woreka yi wɔ mu de, nanso sɛ obi fi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ de a, wɔbɛsakra wɔn adwene.’\wj* \p \v 31 \wj “Abraham buae se, ‘Sɛ wɔantie nea Onyankopɔn nam Mose ne adiyifo no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi fi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no no.’ ”\wj* \c 17 \s1 Bɔne, Gyidi Ne Asɛde \p \v 1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Ɛyɛ dɛn ara a hintinnua no bɛba, nanso obiara a ebi bɛfa ne so aba no nnue.\wj* \v 2 \wj Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a mu yɛ duru bi bɛsen ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua.\wj* \v 3 \wj Enti monhwɛ mo ho so yiye.\wj* \p \wj “Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ onu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no.\wj* \v 4 \wj Sɛ nso ɔfom wo mpɛn ason da koro na mpɛn dodow a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a fa kyɛ no.”\wj* \p \v 5 Asomafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, to yɛn gyidi so.” \p \v 6 Yesu buaa wɔn se, \wj “Sɛ mowɔ gyidi te sɛ onyaa aba a, anka mubetumi aka akyerɛ ankye yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ɛbɛba mu saa.\wj* \p \v 7 \wj “Mo mu hena na ɔwɔ ɔsomfo a ɔyɛ nʼafuw mu adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ofi afum ba a, ɔbɛka akyerɛ no se, ‘Wʼaduan si hɔ na kodidi?’\wj* \v 8 \wj Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’\wj* \v 9 \wj Sɛ ɔsomfo yi yɛ nʼasɛde yi a ne wura no bɛda no ase ana?\wj* \v 10 \wj Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛde a, ɛsɛ sɛ moka se, ‘Yɛyɛ asomfo a ayeyi mfata yɛn; yɛn asɛde a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’ ”\wj* \s1 Akwatafo Du No Ayaresa \p \v 11 Bere bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so. \v 12 Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no \v 13 teɛteɛɛ mu se, “Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ!” \p \v 14 Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!”\wj* Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den. \p \v 15 Wɔn mu baako huu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, “Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!” \v 16 Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani. \p \v 17 Yesu bisae se, \wj “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he?\wj* \v 18 \wj Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?”\wj* \v 19 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Sɔre kɔ, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”\wj* \p \v 20 Da bi Farisifo bi bisaa Yesu se, “Bere bɛn na Onyankopɔn ahenni no bɛba?” Yesu buaa wɔn se, \wj “Onyankopɔn ahenni no nnam nsɛnkyerɛnne bi a mubehu so na ɛbɛba,\wj* \v 21 \wj obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa hɔ!’ Efisɛ Onyankopɔn ahenni no te mo mu.”\wj* \p \v 22 Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Mmere bi bɛba a mo ani begyina sɛ mubehu me bere tiaa bi wɔ mo nkyɛn, nanso morenhu me.\wj* \v 23 \wj Sɛ nnipa ka kyerɛ mo se Onipa Ba no wɔ ha anaa baabi foforo a, munnni wɔn akyi.\wj* \v 24 \wj Sɛnea anyinam pa gya wɔ wim ma nnipa nyinaa hu no, saa ara nso na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.\wj* \v 25 \wj Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mihu amane na me nkurɔfo nso po me.\wj* \p \v 26 \wj “Sɛnea Noa bere so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ meba a ɛbɛyɛ ne no.\wj* \v 27 \wj Saa bere no, nnipa didi nomee, wareware kosii sɛ Noa kɔhyɛɛ hyɛn no mu na nsuyiri bɛfaa saa nnipa no nyinaa.\wj* \p \v 28 \wj “Saa ara nso na Lot bere so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii gua, yɛɛ mfuw, sisii adan,\wj* \v 29 \wj kosii sɛ Lot fii Sodom, na ogya ne sufre fii soro bɛhyew saa nnipa no nyinaa.\wj* \p \v 30 \wj “Saa ara nso na da a mɛsan aba no bɛyɛ.\wj* \v 31 \wj Saa da no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuw mu anaa gua so san nʼakyi ba fie sɛ ɔrebɛsesa nʼahode.\wj* \v 32 \wj Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere.\wj* \v 33 \wj Obiara a ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa. Na nea ɔbɛhwere ne kra no benya.\wj* \v 34 \wj Da no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agyaw ɔbaako.\wj* \v 35 \wj Saa ara nso na wɔbɛfa mmea baanu a wɔrenoa aduan no mu baako agyaw ɔbaako.\wj* \v 36 \wj Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuw mu no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.”\wj* \p \v 37 Asuafo no bisaa Yesu se, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” \p Yesu buaa wɔn se, \wj “Baabi a funu wɔ no, apete mpa hɔ!”\wj* \c 18 \s1 Mpaebɔ Ho Bɛ \p \v 1 Da bi, Yesu nam mmebu so kyerɛɛ nʼasuafo no hia a ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw. \v 2 Yesu kae se, \wj “Otemmufo bi tenaa kurow bi mu a na onsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara.\wj* \v 3 \wj Na ɔbea kunafo bi te saa kurow no mu a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafo yi kɔ otemmufo no nkyɛn kɔsrɛ no se onni nʼasɛm no mma no.\wj* \p \v 4 \wj “Mfiase no, otemmufo no ammua no. Nanso akyiri no ɔkae se, ‘Ɛwɔ mu sɛ minsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara de,\wj* \v 5 \wj nanso esiane sɛ daa ɔbea yi haw me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yiye ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛhaw me bio!’ ”\wj* \p \v 6 Awurade toaa so se, \wj “Moate asɛm a otemmufo yi a ɔnteɛ no kae.\wj* \v 7 \wj Munnnye nni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no? Anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa?\wj* \v 8 \wj Merema moate ase sɛ ɔbɛyɛ wɔn apɛde ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no san ba a, nnipa dodow ahe na obehu sɛ wɔwɔ ne mu gyidi?”\wj* \s1 Farisini Ne Towgyeni \p \v 9 Yesu san buu bɛ bi faa nnipa a wobu wɔn ho sɛ atreneefo na ɛno nti wobu afoforo animtiaa no ho se, \v 10 \wj “Da bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpae. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a obu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ towgyeni.\wj* \v 11 \wj Farisini yi kogyinaa faako a obiara behu no bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a wɔaka no; apoobɔfo nkontompofo, aguamammɔfo ne saa towgyeni a ogyina hɔ yi.\wj* \v 12 \wj Nnaawɔtwe biara midi mmuada mprenu na nea minya biara nso, miyi mu nkyemu du mu baako de ma.’\wj* \p \v 13 \wj “Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛni mmɔbɔ!’\wj* \p \v 14 \wj “Mereka akyerɛ mo se, nea towgyeni no yɛe no sɔɔ Onyankopɔn ani sen nea Farisini no yɛe no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”\wj* \s1 Yesu Hyira Mmofra Nketewa \p \v 15 Da bi, awofo bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu se ɔmfa ne nsa nka wɔn nhyira wɔn. Asuafo no huu awofo no, wɔkaa wɔn anim. \v 16 Yesu frɛɛ mmofra no awofo no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Momma mmofra nketewa no mmra me nkyɛn na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.\wj* \v 17 \wj Mereka akyerɛ mo se obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahenni no sɛ abofra no, ɔrentumi nhyɛn mu.”\wj* \s1 Adefo Ne Ɔsoro Ahenni \p \v 18 Da bi, Yudani sikani bi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” \p \v 19 Yesu buaa no se, \wj “Adɛn nti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn.\wj* \v 20 \wj Wunim Mose mmara no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’ ”\wj* \p \v 21 Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu se, “Madi saa mmara yi nyinaa so fi me mmofraase.” \p \v 22 Yesu tee nea osikani no kae no, ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Ade baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahode nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafo na wubenya agyapade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na afei bra bedi mʼakyi.”\wj* \p \v 23 Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa efisɛ na ɔwɔ ahode pii. \v 24 Yesu huu sɛ ne werɛ ahow no, ɔkae se, \wj “Ɛyɛ den ma ahonyafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu!\wj* \v 25 \wj Mereka akyerɛ mo se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”\wj* \p \v 26 Na wɔn a wɔtee nea Yesu kae no bisae se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?” \p \v 27 Yesu buae se, \wj “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”\wj* \p \v 28 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Yagyaw nea yɛwɔ nyinaa hɔ abedi wʼakyi.” \p \v 29 Yesu buaa Petro se, \wj “Merema mo ate ase sɛ, obiara nni hɔ a, esiane Onyankopɔn ahenni no nti, wagyaw ne fi anaa ne nuanom anaa nʼawofo anaa ne mma\wj* \v 30 \wj na ɔrennya mma ɛmmoro nea wahwere no so saa bere yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a enni awiei.”\wj* \s1 Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm A Ɛto So Abiɛsa \p \v 31 Yesu frɛɛ asuafo dumien no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a adiyifo no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu.\wj* \v 32 \wj Wobeyi no ama amanamanmufo ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasu agu ne so,\wj* \v 33 \wj aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.”\wj* \p \v 34 Asuafo no ante nea Yesu kaa no biara ase, efisɛ na asɛm no boro wɔn adwene so. \s1 Onifuraefo Bi Ayaresa \p \v 35 Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yeriko no, wohuu onifuraefo bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ ade. \v 36 Onifuraefo no tee sɛ nkurɔfokuw bi retwa mu no, obisaa asɛm a asi. \v 37 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yesu Nasareni no na ɔretwam!” \p \v 38 Ɔtee saa no, ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” \p \v 39 Wɔn a wodi anim no teɛteɛɛ no se ommua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu denneennen se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” \p \v 40 Yesu duu faako a onifuraefo no te no, ɔma wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duu Yesu nkyɛn no, obisaa no se, \v 41 \wj “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?”\wj* \p Onifuraefo no buae se, “Awurade, ma minhu ade.” \p \v 42 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Hu ade, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”\wj* \v 43 Amono mu hɔ ara, onifuraefo yi huu ade, na odii Yesu akyi yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wohuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ. \c 19 \s1 Ɔtowgyeni Sakeo \p \v 1 Da bi a na Yesu retwa mu wɔ Yeriko no, \v 2 ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso. \v 3 Bere a Yesu retwa mu no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ohu no, nanso esiane sɛ na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no. \v 4 Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi hɔ no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako. \p \v 5 Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so huu no ka kyerɛɛ no se, \wj “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fi na nnɛ mɛtena.”\wj* \v 6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so. \p \v 7 Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Ɔdebɔneyɛni yi na wakɔ akɔsoɛ no.” \p \v 8 Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.” \p \v 9 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso yɛ Abraham ba.\wj* \v 10 \wj Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.”\wj* \s1 Adwumayɛ Ho Akontaabu \p \v 11 Bere a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsan buu wɔn bɛ foforo de kyerɛɛ wɔn se, Onyankopɔn ahenni no abɛn. \v 12 Ɔkae se, \wj “Ɔdehye bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so san kɔɔ ne kurom se ɔrekɔ na wɔakosi no ɔhene.\wj* \v 13 \wj Ansa na ɔrebefi nʼakwantu no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo mu du maa wɔn mu biara mina\wj*\f + \fr 19.13 \fr*\ft mina yɛ ɔpaani asram abiɛsa akatua.\ft*\f* \wj du ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’\wj* \p \v 14 \wj “Kurom hɔfo no tee nʼahenni no ho asɛm no, wotuu nnipa kohuu mpanyimfo no se wɔmpɛ no.\wj* \p \v 15 \wj “Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ faako a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho akontaa nkyerɛ no.\wj* \p \v 16 \wj “Odwumayɛni a odii kan ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho du.’\wj* \p \v 17 \wj “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa, esiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokware nti, mede nkurow du bɛhyɛ wʼase na woadi so.’\wj* \p \v 18 \wj “Odwumayɛni a ɔto so abien no ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho anum.’\wj* \p \v 19 \wj “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mede nkurow anum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’\wj* \p \v 20 \wj “Ɔfoforo nso bɛkae se, ‘Me wura wo sika mina du a wode maa me no, mede siei, ɛno ni.\wj* \v 21 \wj Na misuro wo, efisɛ wo ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ wo dea no, wugye na nea wunnuae nso no, wutwa.’\wj* \p \v 22 \wj “Ne wura no buaa no se, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na migyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ me dea no migye; nea minnuae no, mitwa.\wj* \v 23 \wj Adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebae yi menya ho nsiho.’\wj* \p \v 24 \wj “Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a na wogyina hɔ no se, ‘Munnye sika no mfi ne nsam mfa mma nea ɔde ne de yɛɛ adwuma nyaa mmɔho du no.’\wj* \p \v 25 \wj “Asomfo no kae se, ‘Yɛn wura, sɛ oyi de ɔwɔ sika bebree!’\wj* \p \v 26 \wj “Owura no kae se, ‘Merema mo ate ase sɛ, nea ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na nea ɔwɔ kakraa bi no, nea ɔwɔ mpo no, wobegye afi ne nsam.\wj* \v 27 \wj Na afei, momfa mʼatamfo a anka wɔmpɛ sɛ midi ade no mmra mʼanim ha na munkum wɔn!’ ”\wj* \s1 Yesu Hyɛn Yerusalem Sɛ Ɔhene \p \v 28 Yesu kaa nsɛm yi wiee no, odii nʼasuafo no kan kɔɔ Yerusalem. \v 29 Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔw so no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn se, \v 30 \wj “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsan no mfa no mmrɛ me.\wj* \v 31 \wj Sɛ obi bisa se ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka nkyerɛ no se, ‘Ne ho hia Awurade.’ ”\wj* \p \v 32 Asuafo baanu a wɔkɔe no kohuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛnea Yesu kae no. \v 33 Bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan aboa no?” \p \v 34 Wobuaa wɔn se, “Ne ho hia Awurade.” \p \v 35 Asuafo no de afurum ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntama sesɛw ne so ma ɔtenaa ne so. \v 36 Yesu te afurum ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so ma ɔfaa so. \p \v 37 Oduu Ngo Bepɔw no so baabi a wɔrebesian akɔ Yerusalem no, nʼakyidifo no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwonwade ahorow a wayɛ no ho se, \q1 \v 38 “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” \b \q1 “Asomdwoe ne anuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohɔ!” \p \v 39 Farisifo no bi a na wɔfra nnipakuw no mu no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ wʼakyidifo no na wommua wɔn ano!” \p \v 40 Yesu buaa wɔn se, \wj “Sɛ womua wɔn ano koraa a, abo mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”\wj* \s1 Yesu Su Ma Yerusalem \p \v 41 Yesu rebɛn Yerusalem a ohuu kurow no, osu maa mu nnipa no se, \v 42 \wj “Mo a anka asomdwoe yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan, nanso mo nsa renka da!\wj* \v 43 \wj Nna bi bɛba a mo atamfo bɛba abɛtoa mo aka mo ahyɛ,\wj* \v 44 \wj atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kurow yi pasaa, efisɛ moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”\wj* \s1 Yesu Pam Aguadifo Fi Asɔredan Mu \p \v 45 Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpam nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se, \v 46 \wj “Wɔakyerɛw se, ‘Me fi bɛyɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ adwowtwafo atenae!’ ”\wj* \p \v 47 Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no akyere no akum no. \v 48 Nanso na wonhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, efisɛ bere nyinaa na nnipa akyere no so retie no. \c 20 \s1 Wobisa Tumi A Yesu Wɔ Ho Asɛm \p \v 1 Da bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, asɔfo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyin kobisaa no se, \v 2 “Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hena nso na ɔmaa wo saa tumi no?” \p \v 3 Yesu buaa wɔn se, \wj “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me.\wj* \v 4 \wj Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; efi Onyankopɔn anaa efi onipa?”\wj* \p \v 5 Wɔfaa ho adwene kae se, “Sɛ yɛka se efi Onyankopɔn a obebisa yɛn se, ‘ɛno de, adɛn nti na moannye no anni?’ \v 6 Sɛ nso yɛka se efi onipa a, ɔman mu no nyinaa besiw yɛn abo, efisɛ wonim sɛ Yohane yɛ odiyifo.” \p \v 7 Ewiee ase no, wobuae se, “Yennim.” \p \v 8 Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Ɛno de, me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuae.”\wj* \s1 Apaafo Bi Ho Bɛ \p \v 9 Yesu buu wɔn bɛ bi se, \wj “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo de hyɛɛ apaafo bi nsa sɛ wɔnhwɛ so mma no. Eyi akyi, otuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi kɔtenaa hɔ kyɛe.\wj* \v 10 \wj Bobetew bere dui no, ɔbarima yi somaa ne somfo se onkogye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso apaafo no boroo no, ma ɔsan kɔɔ nsapan.\wj* \v 11 \wj Ɔsomaa ɔsomfo foforo ma ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan.\wj* \v 12 \wj Ɔsan somaa ɔsomfo foforo na ɔno mpo de, wopirapiraa no pam no.\wj* \p \v 13 \wj “Eyi maa bobeturo wura no kae se, ‘Dɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno de, ebia wɔbɛfɛre no.’\wj* \p \v 14 \wj “Nanso bere a apaafo no huu no no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no ni, momma yenkum no na yɛmfa nʼagyapade no.’\wj* \v 15 \wj Wɔtwee no fii afuw no mu kokum no.\wj* \p \wj “Mugye di sɛ dɛn na afuw wura no bɛyɛ saa apaafo yi?\wj* \v 16 \wj Ɔbɛba abekunkum saa apaafo yi na ɔde afuw no ama afoforo.”\wj* \p Nnipa a wɔretie Yesu no kae se, “Ɛmpare yɛn!” \p \v 17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn se, \wj “Ɛno de, na nea wɔakyerɛw se,\wj* \q1 \wj “ ‘Ɔbo a adansifo apo no,\wj* \q2 \wj ɛno ara na abɛyɛ tweatibo’ no ase ne dɛn?\wj* \m \v 18 \wj Obiara a ɔbɛhwe ɔbo no so no, obebubu na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”\wj* \p \v 19 Esiane sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne asɔfo mpanyin no huu se Yesu buu bɛ no tiaa wɔn nti wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no saa bere no ara mu, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti na wosuro. \s1 Towgye Ho Asɛmmisa \p \v 20 Esiane sɛ ɔpɛ ara na na nnipa no pɛ sɛ wɔkyere Yesu nti, wɔtetɛw no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu. \v 21 Saa nnipa yi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokware kwan a wɔnam so kɔ Onyankopɔn nkyɛn. \v 22 Enti eye sɛ yetua tow ma Kaesare aban anaasɛ enye?”\f + \fr 20.22 \fr*\ft Sɛ ɔpene sɛ wontua tow mma Kaesare a na wadi nnipa no huammɔ. Sɛ ɔka se wontua nso a, ɛbɛhaw Roma aban mu mpanyimfo. Nsɛmmisafo no bisaa Yesu asɛm yi de sum no afiri.\ft*\f* \p \v 23 Yesu huu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \v 24 \wj “Momma me sika. Hena mfoni ne din na ɛwɔ so yi?”\wj* \p Wobuaa no se, “Ɛyɛ Kaesare dea.” \p \v 25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”\wj* \p \v 26 Yesu mmuae a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwonwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim. \s1 Owusɔre Ne Aware Ho Asɛmmisa \p \v 27 Sadukifo bi a wonnye owusɔre nni baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, \v 28 “Kyerɛkyerɛfo, Mose mmara no kyerɛ yɛn se, sɛ ɔbarima bi wɔ ɔyere na ɔne no anwo na owu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufo no. \v 29 Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanyin a ɔwɔ mu no waree ɔbea a ɔne no anwo na owui. \v 30 Ne nua a odi nʼakyi no waree no nanso ɔne no anwo na owui. \v 31 Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wowuwui. \v 32 Akyiri no ɔbea no nso wui. \v 33 Yɛn asɛmmisa ne sɛ, esiane sɛ ɔbea yi waree anuanom yi nyinaa nti, owusɔre da no, wɔn mu hena na ɔbea yi bɛyɛ ne yere?” \p \v 34 Yesu buae se, \wj “Asase yi so na nnipa dwene aware ho.\wj* \v 35 \wj Na wɔn a owusɔre da no wobenya kwan akɔ Onyankopɔn Ahenni no mu de, aware ho renhia wɔn.\wj* \v 36 \wj Na owu nso nni hɔ mma wɔn bio, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfo. Esiane sɛ wɔasɔre afi awufo mu no nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.\wj* \v 37 \wj Afei mo asɛmmisa a ɛfa owusɔre ho no nso, Mose maa yehuu no pefee sɛ, owusɔre wɔ hɔ. Efisɛ nʼasɛm a ɔkyerɛw faa wura a na ɛredɛw no ho no, ɔbɔɔ Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn din.\wj* \v 38 \wj Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ateasefo Nyankopɔn na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, efisɛ obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, sɛ owu mpo a, obenya nkwa a enni awiei.”\wj* \p \v 39 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi kae se, “Kyerɛkyerɛfo, woabua no yiye.” \v 40 Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio. \s1 Hena Ba Ne Kristo No? \p \v 41 Yesu bisaa wɔn se, \wj “Adɛn nti na wɔka se Kristo no yɛ Dawid ba?”\wj* \v 42 \wj Efisɛ Dawid ka wɔ ne Nnwom no mu se,\wj* \q1 \wj “Awurade ka kyerɛɛ me wura se:\wj* \q2 \wj ‘Tena me nifa so\wj* \q1 \v 43 \wj kosi sɛ mɛma woadi wʼatamfo so nkonim.’\wj* \m \v 44 \wj Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”\wj* \s1 Kyerɛwsɛm No Akyerɛkyerɛfo No Kɔkɔbɔ \p \v 45 Bere a nnipa no retie no no, Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \v 46 \wj “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no ho. Bere biara wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntade pa, hwehwɛ sɛ nnipa hu wɔn bagua mu a wɔde obu kyia wɔn, na sɛ wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanyin tenabea. Saa ara nso na sɛ wɔkɔ aponto ase a, wɔtena mpanyin tenabea.\wj* \v 47 \wj Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a mu yɛ duru.”\wj* \c 21 \s1 Okunafo Bi Afɔrebɔ \p \v 1 Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔrebɔ adaka no mu. \v 2 Ohuu okunafo hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔre adaka no mu. \v 3 Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware ni, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔɔ no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔɔ no nyinaa. \v 4 \wj Wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔre, na oyi de, ofi ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abegu mu yi.”\wj* \s1 Asɔredansɛe Ne Awieimmere Ho Nsɛnkyerɛnne \p \v 5 Yesu akyidifo no bi kamfoo abo fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinni ahorow a wɔadi agu ɔdan no ho no. Nanso Yesu kae se, \v 6 \wj “Bere bi bɛba a, wobedwiriw nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”\wj* \s1 Nsɛm A Ebesisi Ansa Na Awiei No Abɛn \p \v 7 Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?” \p \v 8 Yesu buae se, \wj “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!\wj* \v 9 \wj Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, munnsuro efisɛ ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awiei no abɛn.”\wj* \p \v 10 Ɔkaa bio se, \wj “Aman bɛsɔre aman so na ahenni asɔre ahenni so.\wj* \v 11 \wj Asasewosow a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu befi wim asisi.\wj* \p \v 12 \wj “Nanso ansa na eyinom nyinaa besisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekyere mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfo anim.\wj* \v 13 \wj Eyi bɛma moanya kwan adi me ho adanse.\wj* \v 14 \wj Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho;\wj* \v 15 \wj Efisɛ mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim.\wj* \v 16 \wj Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi.\wj* \v 17 \wj Na me nti nnipa bɛtan mo.\wj* \v 18 \wj Nanso mo tinwi baako pɛ mpo renyera.\wj* \v 19 \wj Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.”\wj* \s1 Yerusalem Sɛe \p \v 20 \wj “Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛe abɛn.\wj* \v 21 \wj Saa bere no wɔn a wɔte Yudea nguan nkɔ mmepɔw no so; wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nguan mfi mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraa ne mfuw mu no ntena hɔ ara.\wj* \v 22 \wj Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu.\wj* \v 23 \wj Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue. Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so.\wj* \v 24 \wj Ebinom bɛtotɔ wɔ afoa ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akosi bere a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no betwa mu.”\wj* \s1 Onipa Ba No Ba A Ɔbɛsan Aba \p \v 25 \wj “Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na po asorɔkye bɛbobɔ mu, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so.\wj* \v 26 \wj Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ piti na abɔde a ɛwɔ wim nso awosow ahoɔden so.\wj* \v 27 \wj Saa bere no na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam a ɛso nam omununkum mu reba.\wj* \v 28 \wj Sɛ saa asɛm yi fi ase sisi a, momfa gyidi nnyina pintinn, efisɛ na mo nkwagye bere abɛn.”\wj* \s1 Nnua Bi Ho Bɛ \p \v 29 Yesu buu wɔn bɛ bi se, \wj “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa.\wj* \v 30 \wj Sɛ eyiyi nhaban foforo a na ɛkyerɛ sɛ asusow bere adu.\wj* \v 31 \wj Saa ara nso na sɛ muhu nsɛnkyerɛnne a mereka ho asɛm yi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn.\wj* \p \v 32 \wj “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.\wj* \v 33 \wj Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da.\wj* \p \v 34 \wj “Monhwɛ mo ho so yiye! Mommma adiditraso ne asabow ne asetena mu dadwen nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no befu mo mu.\wj* \v 35 \wj Efisɛ me ba a mɛba no befu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu.\wj* \v 36 \wj Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”\wj* \p \v 37 Da biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ edu anwummere biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔw no so kɔhome. \v 38 Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kotie no wɔ asɔredan mu. \c 22 \s1 Yesu Ho Pɔwbɔ \p \v 1 Afei, na Yudafo Apiti Afahyɛ a wɔsan frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn. \v 2 Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro. \v 3 Satan kowuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no mu. \v 4 Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyimfo no nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho. \v 5 Wɔn ani gyei, penee so sɛ wɔbɛma no sika. \v 6 Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu bere a nnipa dodow biara nni ne ho. \s1 Adidi A Etwa To No \p \v 7 Afei, da a wokum twam guan de di brodo a mmɔkaw nni mu no duu no, \v 8 Yesu somaa Petro ne Yohane se, \wj “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduan a yebedi no.”\wj* \p \v 9 Wobisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduan no?” \p \v 10 Obuaa wɔn se, \wj “Sɛ mudu kurow no mu a, mubehu obi a wakɔ asu reba. Munni nʼakyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu,\wj* \v 11 \wj na mummisa ofiwura no se, ‘Yɛn kyerɛkyerɛfo se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafo no sɛ wommedi Twam Afahyɛ aduan no?’\wj* \v 12 \wj Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto pon no.”\wj* \p \v 13 Wɔkɔɔ kurow no mu no, wohuu sɛnea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ twam aduan no wɔ hɔ. \p \v 14 Bere no dui no, Yesu ne nʼasuafo no kɔtenatenaa didipon no ho. \v 15 Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam aduan yi, ansa na mahu amane no akyɛ.\wj* \v 16 \wj Mereka akyerɛ mo se, saa adidi yi akyi no, merenni Twam aduan yi bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba.”\wj* \p \v 17 Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafo no kae se, \wj “Munnye na obiara nnom bi.\wj* \v 18 \wj Mereka akyerɛ mo se, merennom bobesa yi bi bio kosi sɛ Onyankopɔn ahenni no bɛba.”\wj* \p \v 19 Afei, ɔfaa brodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se, \wj “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa brodo yi bi no, momfa nkae me.”\wj* \p \v 20 Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se, \wj “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforo a wɔnam so begye mo nkwa.\wj* \v 21 \wj Nanso mo a mo ne me te adidii ha yi mu baako na obeyi me ama.\wj* \v 22 \wj Etwa sɛ miwu, sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso nea obeyi me ama no de, onnue.”\wj* \v 23 Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea obeyi no ama no. \s1 Yesu Kasa Tia Ahomaso \p \v 24 Asuafo no gyee wɔn ho akyinnye pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no mu. \v 25 Yesu tee no, ɔkae se, \wj “Amanaman mu atumfo hyɛ wɔn a wodi wɔn so no so ma wɔn nso bu wɔn ho sɛ Adehye.\wj* \v 26 \wj Nanso mo de, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panyin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na nea odi mo so no nso nyɛ mo mu somfo.\wj* \v 27 \wj Merebisa mo se, nnipa baanu yi mu hena na odi ne yɔnko so, nea ɔte didipon ho anaa nea ɔsom nea ɔte didipon no ho no? Nanso me de, mewɔ mo mu sɛ mo somfo.\wj* \v 28 \wj Me ne mo na afa ɔhaw ne amane mu a, moda so ne me nam.\wj* \v 29 \wj Mʼagya de ahenni no ama me. Saa ara nso na mede rema mo.\wj* \v 30 \wj Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”\wj* \s1 Pa A Wɔpa Yesu \p \v 31 Afei Awurade kae se, \wj “Simon, Simon! Monhwɛ yiye na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ.\wj* \v 32 \wj Nanso wo Simon de, masrɛ ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wunu wo ho san ba me nkyɛn a hyɛ wo nuanom no gyidi mu den.”\wj* \p \v 33 Petro buaa no se, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bewu.” \p \v 34 Yesu nso buaa no se, \wj “Petro, mereka akyerɛ wo se, nnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”\wj* \p \v 35 Afei Yesu bisaa nʼasuafo no se, \wj “Bere a mesomaa mo a na munkura sika nkotoku anaa akwantu kotoku na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo ana?”\wj* \p Asuafo no buaa no se, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.” \p \v 36 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Afei de, nea ɔwɔ sika no, ɔmfa; nea ɔwɔ akwantu kotoku no nso, ɔmfa. Nea onni afoa no ntɔn ne ntama mfa nkɔtɔ bi.\wj* \v 37 \wj Na bere adu sɛ nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfo mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”\wj* \p \v 38 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, yɛwɔ afoa abien wɔ ha.” \p Yesu buae se, \wj “Eye, ɛno ara dɔɔso.”\wj* \s1 Ngo Bepɔw So Mpaebɔ \p \v 39 Yesu ne nʼasuafo no fii kurow no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na nʼasuafo no ka ne ho. \v 40 Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”\wj* \v 41 Afei ɔtwee ne ho fii asuafo no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotow, bɔɔ mpae se, \v 42 \wj “Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ”\wj* \v 43 Ogu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo fi ɔsoro bɛhyɛɛ no den. \v 44 Esiane sɛ na Yesu ho yeraw no wɔ Honhom mu no nti, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw sosɔ guu fam. \p \v 45 Mpaebɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhow ne ɔbrɛ nti, wɔadeda. \v 46 Ɔkae se, \wj “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”\wj* \s1 Wɔkyere Yesu \p \v 47 Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako di wɔn anim baa ne so. Yuda Iskariot twiw bɛn Yesu few nʼafono. \v 48 Yesu bisaa no se, \wj “Yuda, mfewano na wode reyi Onipa Ba no ama ana?”\wj* \p \v 49 Bere a asuafo a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛreba no, wobisaa no se, “Awurade, yentwitwa wɔn afoa ana?” \v 50 Asuafo no mu baako twaa Ɔsɔfopanyin no somfo no aso nifa. \p \v 51 Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monnyɛ eyi bi bio!”\wj* Ɔfaa ɔsomfo no aso no de taree hɔ bio. \p \v 52 Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne asomfo a wɔbaa ne so no se, \wj “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so yi?\wj* \v 53 \wj Bere a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankyere me; eyi ne mo bere; nea sum di mu tumi.”\wj* \s1 Petro Pa Yesu \p \v 54 Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. \v 55 Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi hɔ no na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. \v 56 Abaawa bi huu Petro sɛ ɔreto gya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifo no mu baako.” \p \v 57 Petro san se, “Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara.” \p \v 58 Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, “Woyɛ nʼakyidifo no mu baako.” \p Petro buaa no se, “Dabi, menka wɔn ho.” \p \v 59 Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.” \p \v 60 Petro san ne mprɛnsa so se, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee. \v 61 Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Nnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no,\wj* \v 62 Petro de awerɛhow fii adi kosui. \s1 Yesu Ho Fɛwdi \p \v 63 Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no, \v 64 san bisaa no se, “Odiyifo, hena na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.” \v 65 Wɔkɔɔ so yeyaw no kaa abususɛm ahorow guu ne so. \s1 Yesu Gyina Baguafo Anim \p \v 66 Ade kyee no, Yudafo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hyia ma wɔde Yesu baa wɔn anim \v 67 bisaa no se, “Sɛ wone Kristo no a ka kyerɛ yɛn.” \p Yesu buaa wɔn se, \wj “Sɛ meka se mene Kristo no a, morennye nni,\wj* \v 68 \wj na sɛ mibisa mo nso a, moremmua me.\wj* \v 69 \wj Na efi saa bere yi mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Tumfo no nifa so.”\wj* \p \v 70 Ɔkaa saa no wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛno de, na wone Onyankopɔn Ba no ana?” \p Obuaa wɔn se, \wj “Nea moreka no yɛ nokware.”\wj* \p \v 71 Eyi ma wɔkae se, “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Yɛate afi ɔno ankasa anom.” \c 23 \s1 Wɔde Yesu Kɔ Pilato Anim \p \v 1 Afei baguafo no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim. \v 2 Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.” \p \v 3 Eyi maa Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?” \p Yesu buaa no se, \wj “Ɛno ara na woaka no.”\wj* \p \v 4 Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.” \p \v 5 Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.” \p \v 6 Pilato tee asɛm no, obisae se, “Onipa yi yɛ Galileani ana?” \v 7 Bere a wɔka kyerɛɛ Pilato se Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, sɛ ɛte saa de a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, efisɛ Galilea hyɛ nʼase. Saa bere no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem. \p \v 8 Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na osusuw nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwonwade akyerɛ no no nti, bere a ohuu no no, nʼani gyee yiye, efisɛ na ɔpɛe sɛ obehu no no akyɛ. \v 9 Wobisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a oyii ano. \v 10 Asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kɔɔ so ara kaa nsɛm a enni mu guu ne so. \v 11 Herode ne nʼasomfo no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene san de no kɔmaa Pilato. \v 12 Da no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu. \s1 Pilato Di Ma Yesu \p \v 13 Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne nnipadɔm no, \v 14 ka kyerɛɛ wɔn se, “Mode onipa yi brɛɛ me se, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no fɔ. \v 15 Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno nti, wasan de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ migyina so bu no kumfɔ. \v 16 Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” \v 17 Twam Afahyɛ biara du a Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn. \p \v 18 Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so se, “Kum no, na gyaa Baraba ma yɛn.” \v 19 Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyan ɔman na ɔsan dii awu nti, wɔde no too afiase. \p \v 20 Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ogyaa no. \v 21 Nanso wɔsan bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!” \p \v 22 Obisaa wɔn ne mprɛnsa so se, “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ? Minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.” \p \v 23 Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se ɔmmɔ no asennua mu. \v 24 Enti Pilato penee wɔn abisade no so maa wɔn. \v 25 Ogyaa Baraba a esiane sɛ ɔhwanyan ɔman san dii awu no nti ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no. \s1 Yesu Asennuambɔ \p \v 26 Wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asennua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no wɔ ne kɔn ho dii nʼakyi. \v 27 Nnipadɔm a mmea a wɔresu retwa agyaadwo fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi. \v 28 Yesu dan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Yerusalem mmea, munnsu me na munsu mo ho ne mo mma.\wj* \v 29 \wj Na mmere bi reba a wɔbɛka se, ‘Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoo da ne nufu a wonnum da.’\wj* \v 30 \wj Saa bere no\wj* \q1 \wj “ ‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Munnwiriw ngu yɛn so!”\wj* \q2 \wj ne nkoko nso se, “Monkata yɛn so!” ’\wj* \m \v 31 \wj Na sɛ wɔde eyi yɛ me a meyɛ dummono no a, dɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ duwui?”\wj* \p \v 32 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfo baanu bi kaa ne ho se wonkokum wɔn. \v 33 Woduu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asennua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum. \v 34 Yesu kae se, \wj “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.”\wj* Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae. \p \v 35 Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, “Ogyee ebinom nkwa; sɛ ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.” \p \v 36 Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no \v 37 kae se, “Sɛ wone Yudafo hene no a gye wo ho nkwa.” \p \v 38 Wɔkyerɛw saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asennua no so se, \pc “YUDAFO HENE NO NI.” \p \v 39 Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.” \p \v 40 Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbu koro no ara mu. \v 41 Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.” \p \v 42 Ɔsan kae se, “Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me.” \p \v 43 Yesu buaa no se, \wj “Merehyɛ wo bɔ se nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.”\wj* \s1 Yesu Wu \p \v 44 Eduu owigyinae no, asase no so nyinaa duruu sum kabii kosii nnɔnabiɛsa. \v 45 Owia duruu sum na ntama a etwa asɔredan no mu nso mu tewee abien. \v 46 Yesu teɛɛ mu dennen se, \wj “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ!”\wj* Ɔkaa eyi no, ogyaa mu. \p \v 47 Asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu nea asi no, oyii Onyankopɔn ayɛ se, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔtreneeni.” \v 48 Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asennuambɔ no huu sɛ wawu no, wɔde awerɛhow fii hɔ kɔe. \v 49 Saa bere no na Yesu nnamfo ne mmea bi a wodii nʼakyi fi Galilea baa no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa. \s1 Wosie Yesu \p \v 50 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Na saa ɔbarima yi yɛ onipa pa a ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no. \v 51 Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Yudafo baguafo no mu baako de, nanso wampene gyinae a wosisii ne nea wɔyɛɛ no so. \v 52 Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.\f + \fr 23.52 \fr*\ft Wonsie ɔdebɔneyɛni a wɔakum no no amu. Mmom wotumi gyaw wɔ faako a wosie ahiafo. Na obusuani te sɛ ɛna tumi kɔsrɛ ɔdebɔneyɛni no amu no. Ɛyɛ akokodurusɛm kɛse sɛ Yosef a ɔka Sanhedrin ho no kɔsrɛɛ sɛ wɔmfa Yesu amu no mma no.\ft*\f* \v 53 Ɔma woyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu. \v 54 Wosiee Yesu Fida a na Yudafo resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.\f + \fr 23.54 \fr*\ft Fida ne da a edi homeda anim a wɔyɛ ahoboa de twɛn homeda no di. Ahosiesie Da no tumi yɛ da a edi Twam Afahyɛ anim. Ɛha no, wobetumi afa no sɛ Twam ahosiesie da. Esiane sɛ edi homeda no anim nti; ɛyɛ Fida.\ft*\f* \p \v 55 Wosiee amu no wiee no, mmea a wodi Yesu akyi fi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toe ne sɛnea wosiee no fae. \v 56 Saa mmea yi san wɔn akyi kɔɔ fie kɔhwehwɛɛ nnuhuam ne ngo a wɔde besiesie Yesu amu no,\f + \fr 23.56 \fr*\ft Ntama basafa kakra ne ngo huamhuam bebree na wɔde siesie funu ansa na wɔasie. Nnuhuam nsania ani nkaribo 75 na wɔde yɛɛ adwuma anwummere a edi kan no (\+xt Yoh 19.39\+xt*). Wɔtɔɔ nnuhuam no bi kaa ho de twɛn sɛ mmea no bɛsan aba homeda no akyi.\ft*\f* nanso esiane sɛ na Homeda no adu nti wɔtenaa ase komm sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no. \c 24 \s1 Yesu Asɔre \p \v 1 Kwasida anɔpahema na mmea no de nnuhuam ne ngo no kɔɔ ɔboda no so. \v 2 Woduu hɔ no wohuu sɛ wɔapirew ɔbo a wɔde hinii ɔboda no ano no afi hɔ. \v 3 Na wɔkɔɔ ɔboda no mu no na Yesu amu no nna hɔ. \v 4 Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn. \v 5 Mmea yi koma tui, na wɔkotokotow wɔn, na mmarima no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na morehwehwɛ ɔteasefo wɔ awufo mu? \v 6 Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, \v 7 \wj ‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’\wj* no?” \v 8 Mmea no kaee asɛm no. \p \v 9 Na wɔde ahoɔhare fii ɔboda no so bɛkaa nea wohui no nyinaa kyerɛɛ asuafo dubaako no ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa. \v 10 Mmea a wɔkɔɔ ɔboda no so a wɔbɛkaa saa asɛm yi ne Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo na Maria ne afoforo bi. \v 11 Wɔn nsɛm a wɔbɛkae no yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm bi nti wɔannye anni. \v 12 Ɛwɔ mu sɛ nnipa no annye asɛm no anni de, nanso Petro de, otuu mmirika kɔɔ ɔboda no so kɔkotow hwɛɛ mu, huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu ho no gu hɔ. Ɔsan baa fie a na ɔnte nea ohuu no ase. \s1 Emaus Kwan So \p \v 13 Da no ara asuafo no mu baanu sii mu sɛ wɔrekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus a efi Yerusalem rekɔ hɔ no bɛyɛ sɛ akwansin ason. \v 14 Wɔrekɔ no nyinaa na asɛm a asi no ho nkɔmmɔ ara na wɔredi. \v 15 Wogu so redi nkɔmmɔ na wɔregye wɔn ho akyinnye no, Yesu bɛkaa wɔn ho ne wɔn bɔɔ anan kɔe. \v 16 Wohuu sɛ obi ka wɔn ho de, nanso wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ Yesu. \p \v 17 Obisaa wɔn se, \wj “Nkɔmmɔ bɛn na moredi a mo werɛ ahow mo ho yi?”\wj* \p \v 18 Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa bisaa no se, “Wo nko ara ne ɔhɔho a wowɔ Yerusalem a wontee nsɛm a asisi wɔ hɔ nnansa yi?” \p \v 19 Obisaa wɔn se, \wj “Nsɛm bɛn?”\wj* \p Wobuaa no se, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho, \v 20 ne sɛnea asɔfo mpanyin ne yɛn mpanyimfo kyeree no de no kɔɔ aban mu se wommu no kumfɔ a wɔbɔɔ no asennua mu no ho. \v 21 Yɛn de, na yɛn ani da so sɛ ɔno na ɔrebegye Israel, na nea ɛka ho ne sɛ nnansa ni a saa asɛm yi sii. \v 22 Na mmea bi nso a wɔyɛ Yesu akyidifo sɛ yɛn ara ama yɛn ho adwiriw yɛn. Wɔkɔɔ ɔboda no so anɔpa yi ara, \v 23 nanso wɔanhu nʼamu no. Wɔsan bɛka kyerɛɛ yɛn se, wɔahu ɔsoro abɔfo ma wɔaka akyerɛ wɔn se, Yesu te ase. \v 24 Yɛn mu ebinom tuu mmirika kɔhwɛe, na ampa ara, na Yesu amu no nni hɔ sɛnea mmea no kae no ara pɛ.” \p \v 25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Adwenharefo a munni gyidi; ɛyɛ mo den sɛ mubegye nea adiyifo no aka no nyinaa adi.\wj* \v 26 \wj Wɔanhyɛ ho nkɔm se, ɛsɛ sɛ Kristo no behu amane ansa na wakɔ nʼanuonyam mu ana?”\wj* \v 27 Na ofii Mose ne adiyifo no so kyerɛkyerɛɛ wɔn nsɛm a ɛfa ne ho wɔ Kyerɛwsɛm no mu no nyinaa ase. \p \v 28 Woduu Emaus kurotia no, Yesu pɛɛ sɛ anka ɔtoa nʼakwantu no so. \v 29 Nanso wɔsrɛɛ no, san no sɛ ɔnna wɔn nkyɛn, na na ade reyɛ asa nti, ɔsan ne wɔn kɔɔ fie. \p \v 30 Bere a wɔte adidii no, Yesu bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase, faa brodo bubuu mu de maa wɔn. \v 31 Afei na wɔn ani so tetew wɔn ma wohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɛhɔ ara na otu yerae. \v 32 Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “So Kyerɛwsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn wɔ bere a na yɛnam ɔkwan so no anka yɛn koma mpo?” \p \v 33 Ntɛm ara na wɔsan wɔn akyi baa Yerusalem bɛtoo asuafo dubaako no ne wɔn a na wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyia. \v 34 Woduu hɔ no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ se, “Ampa ara, Awurade asɔre afi awufo mu. Wayi ne ho adi akyerɛ Simon.” \v 35 Baanu a wofi Emaus bae no nso bɔɔ wɔn amanneɛ sɛnea Yesu bɛtoo wɔn Emaus kwan so na wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno kosii bere a obubuu brodo mu de maa wɔn no ansa. \s1 Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Asuafo No \p \v 36 Wogu so rebɔ amanneɛ no, prɛko pɛ na Yesu beduu hɔ, kyiaa wɔn se, \wj “Asomdwoe nka mo!”\wj* \p \v 37 Wɔn nyinaa bobɔɔ piriw, wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. \v 38 Obisaa wɔn se, \wj “Adɛn na mo koma atutu na munnye nni nso sɛ ɛyɛ me?\wj* \v 39 \wj Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; efisɛ ɔsaman nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.”\wj* \p \v 40 Ɔkasa wiee no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn. \v 41 Anigyetraso ne ahodwiriw nti amma wɔannye anni sɛ ɛyɛ ɔno. Obisaa wɔn se, \wj “Mowɔ biribi wɔ ha a mubedi ana?”\wj* \v 42 Wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto \v 43 ma ogye wee wɔ wɔn anim hɔ ara. \p \v 44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na me ne mo wɔ hɔ no se, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifo nhoma ne Nnwom mu no ba mu.”\wj* \p \v 45 Afei obuee wɔn adwene mu ma wɔtee Kyerɛwsɛm a ɛfa ne ho no ase. \v 46 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Wɔakyerɛw se, ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane na owu na ne nnansa so, wasɔre afi awufo mu.\wj* \v 47 \wj Na wobefi ase wɔ Yerusalem de ne din akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ ho nsɛm akyerɛ amansan.\wj* \v 48 \wj Mone eyinom nyinaa ho nnansefo.\wj* \v 49 \wj Mɛsoma Honhom Kronkron no na waba mo so sɛnea mʼagya hyɛɛ ho bɔ no. Na monnkɔ baabiara; montena ha nkosi sɛ Honhom Kronkron no de tumi a efi ɔsoro no bɛba abɛhyɛ mo ma.”\wj* \s1 Yesu Sorokɔ \p \v 50 Yesu ne asuafo no bɔɔ anan koduu Betania kurotia na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn. \v 51 Ogu so rehyira wɔn no, wɔmaa no so kɔɔ ɔsoro. \v 52 Na wɔsɔree no, de anigye san kɔɔ Yerusalem. \v 53 Na daa wɔwɔ asɔredan no mu hɔ yi Onyankopɔn ayɛ.