\id LEV - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 3 Mose (Lewitikɔs) \toc1 Mose Nhoma A Ɛto So Abiɛsa (Lewitikɔs) \toc2 3 Mose \toc3 3 Mose \mt1 Mose Nhoma A Ɛto So Abiɛsa \mt4 Anaasɛ \mt3 Lewitikɔs \c 1 \s1 Ɔhyew Afɔrebɔ \p \v 1 Afei, \nd Awurade\nd* kasa fii Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Kyerɛ Israelfo no se, ‘sɛ morebɔ \nd Awurade\nd* afɔre a, momfa mo anantwi ne mo nguan no bi na mommɔ saa afɔre no. \p \v 3 “ ‘Sɛ mo ɔhyew afɔrebɔde no yɛ nantwi a ofi mo nantwibuw mu a, momfa nantwi a onnii dɛm na ɛmmɔ saa afɔre no sɛnea ɛbɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. Fa aboa no kɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɛhɔ na asɔfo no begye wʼayɛyɛde a wode rebrɛ \nd Awurade\nd* no. \v 4 Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no ti so sɛ mpata ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wu sen sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bewu sɛ ne bɔne so akatua. \v 5 Afɔrebɔni no bekum aboa no wɔ hɔ wɔ \nd Awurade\nd* anim. Na Aaron mmabarima asɔfo no asɔw aboa no mogya de akyerɛ \nd Awurade\nd*. Na wɔde mogya no apete afɔremuka a esi Ahyiae Ntamadan no kwan no ano no ne ho nyinaa. \v 6 Afei, asɔfo no bɛpa aboa no ho nwoma na wɔabobɔw. \v 7 Na ɔsɔfo Aaron mmabarima no bɛsɔ gya wɔ afɔremuka no so. \v 8 Na wɔde aboa no akwaa bi ne ne ti ne ne srade ka ho agu nnyansin no so. \v 9 Momfa nsu nhohoro nʼayamde ne ne nan ho na asɔfo no nhyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. \p \v 10 “ ‘Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyew afɔre na aboa no yɛ oguan anaa abirekyi a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara. \v 11 Onipa a ɔde no bae no bekum no \nd Awurade\nd* anim wɔ afɔremuka no atifi na Aaron mmabarima asɔfo no apete mogya no agu afɔremuka no so ne ɛho nyinaa. \v 12 Ɔbɛhyehyɛ nam no na asɔfo no de nʼasinasin no ne ti no ne ne srade no agu nnyansin a egu afɔremuka no so no so. \v 13 Wɔde nsu bɛhohoro nʼayamde ne ne nan no ho ansa na asɔfo no ahyew wɔ afɔremuka no so de ama Awurade; efisɛ ɔhyew afɔre sɔ \nd Awurade\nd* ani. \p \v 14 “ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyew afɔre a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnomamma. \v 15 Ɔsɔfo no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔremuka no so na watew ne ti ahyew no, na wasɔn ne mogya no agu afɔremuka no nkyɛn. \v 16 Afei, ɔsɔfo no beyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na watow agu nsõ no mu wɔ afɔremuka no apuei fam. \v 17 Afei, ɔbɛtwe ne ntaban mu ama emu ntin no atetew asensɛn hɔ, na ɔsɔfo no ahyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. \c 2 \s1 Atoko Afɔrebɔ \p \v 1 “ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduan afɔre de ma \nd Awurade\nd* no, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ asikresiam muhumuhu koraa. Wonhwie ngo ngu so mfa aduhuam mfra \v 2 nkɔma Aaron mma asɔfo no. Ɔsɔfo no bɛsaw siam ne ngo no nsa mma de aka aduhuam no nyinaa ho na wahyew eyi sɛ afɔremuka no nkae ade, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. \v 3 Ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam nkae no ma Aaron ne ne mmabarima sɛ wɔn aduan; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔre kronkron a wɔabɔ ama \nd Awurade\nd*. \p \v 4 “ ‘Sɛ wɔde brodo a wɔato no fononoo mu brɛ \nd Awurade\nd* sɛ afɔrebɔde a, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔkaw nni mu na ɛbɔ saa afɔre no. Mutumi de brodo ntrantraa dɛdɛ a mmɔkaw nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔre ma ɛyɛ yiye. \v 5 Sɛ afɔrebɔde no yɛ aduan a wɔato wɔ dade so a, asikresiam muhumuhu a mmɔkaw mfra mu, na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔre no. \v 6 Mummubu mu asinasin na munhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atoko afɔre ara pɛ. \v 7 Sɛ monoa mo afɔre no wɔ kuruwa mu a, ɛno nso, momfa asikresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔre no. \v 8 Sɛ moyɛ aduan bi, sɛ motoe, sɛ mokyewee anaasɛ mohowee no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔde no kɔma ɔsɔfo na ɔno nso de kɔ afɔremuka no anim de kɔma \nd Awurade\nd*. \v 9 Afɔrebɔde no mu kakraa bi na ɛsɛ sɛ asɔfo no hyew, nanso \nd Awurade\nd* ani bɛsɔ ade mu no nyinaa. \v 10 Nea ɛbɛka no yɛ asɔfo no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyew afɔre kronkron a wɔabɔ de ama \nd Awurade\nd*. \p \v 11 “ ‘Afɔre a mode asikresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔkaw mmfra mu, efisɛ ɛnsɛ sɛ ɔhyew afɔre biara a mobɛbɔ ama \nd Awurade\nd* no, mode mmɔkaw anaa ɛwo fra mu. \v 12 Mode bɛbrɛ \nd Awurade\nd* sɛ aduankan afɔrebɔde, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. \v 13 Momfa nkyene mfra afɔrebɔde biara. Munnyi mo Nyankopɔn apam mu nkyene mmfi mo atoko afɔrebɔ mu; momfa nkyene nka mo afɔrebɔ nyinaa ho. \p \v 14 “ ‘Sɛ mode mo nnɔbae a edi kan mu aba kan rebɛbɔ afɔre a, emu aburow no munhuan ho na montoto na momfa mma Awurade. \v 15 Momfa ngo ne aduhuam nyɛ ho; ɛyɛ atoko afɔre. \v 16 Na ɔsɔfo no bɛhyew aburow a wɔayam ne ngo no nkae de aduhuam afra sɛ aduan afɔrebɔde a wɔde aba \nd Awurade\nd* anim. \c 3 \s1 Asomdwoe Afɔrebɔ \p \v 1 “ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoe afɔre ma \nd Awurade\nd* a, otumi de nantwinini anaa nantwibere bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea ne ho nni dɛm biara. \v 2 Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. Na Aaron mmabarima asɔfo no apete aboa no mogya agu afɔremuka no ho. \v 3 Ɛsɛ sɛ mufi asomdwoe afɔre mu de nʼayamde ne srade a ɛwɔ ho nyinaa bɛbɔ aduan afɔre ma \nd Awurade\nd*, \v 4 a nʼasaabo abien no ne ne sisi ne nea ne mmerɛbo sa so a mubeyi aka asaabo no ho no. \v 5 Na ɛsɛ sɛ Aaron mma hyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ɔhyew afɔre a ɛda dua a ɛrehyew no so; ɛyɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. \p \v 6 “ ‘Sɛ abirekyi anaa oguan na mode bɛbɔ asomdwoe afɔre ama \nd Awurade\nd* a, ɛnsɛ sɛ dɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbere. \v 7 Sɛ mode oguan ba sɛ mo akyɛde a, \v 8 momfa mo nsa ngu nʼapampam na munkum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Afei, Aaron mmabarima no bɛpete mogya no agu afɔremuka no ho nyinaa. \v 9 Saa asomdwoe afɔrebɔde yi fa bi na wɔmfa mma \nd Awurade\nd* sɛ ɔhyew afɔrebɔde a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho srade, srade a ɛwɔ nʼayamde ho no nyinaa, \v 10 ne asaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn ne sisia ne ne merɛbo a wobeyi a nʼasaabo ka ho no. \v 11 Ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ aduan a ɛyɛ ɔhyew afɔre ama \nd Awurade\nd*. \p \v 12 “ ‘Sɛ wode abirekyi brɛ \nd Awurade\nd* sɛ wʼafɔrebɔde a, \v 13 fa wo nsa gu aboa no apampam na kum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Aaron mmabarima de aboa no mogya bɛpete afɔremuka no ho nyinaa. \v 14 Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa afɔrebɔde yi fa bi ma \nd Awurade\nd*. Saa afɔrebɔde fa no yɛ aboa no yam srade, \v 15 nʼasaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn nʼasen mu ne ne mmerɛbo a wobeyi aka ne asaabo no ho no. \v 16 Ɔsɔfo no bɛhyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre. \nd Awurade\nd* ani bɛsɔ saa ɔhyew afɔre no. Kae sɛ srade no nyinaa yɛ \nd Awurade\nd* dea. \p \v 17 “ ‘Eyi ne mmara a munni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Munnni srade anaa mogya.’ ” \c 4 \s1 Bɔne Ho Afɔrebɔ \p \v 1 Afei \nd Awurade\nd* hyɛɛ mmara foforo maa Mose sɛ: \v 2 “Ka kyerɛ Israelfo se saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na obebu me mmara no bi so. \p \v 3 “ ‘Sɛ ɔsɔfo bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbu ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre de ma \nd Awurade\nd*. \v 4 Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na okum no wɔ hɔ wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 5 Ɔsɔfo no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu. \v 6 Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ \nd Awurade\nd* anim wɔ ntama a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim. \v 7 Afei, ɔsɔfo no de mogya no bi begu aduhuam no tumpan a esi afɔremuka no so no wɔ \nd Awurade\nd* anim wɔ Ahyiae Ntamadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wobehwie agu afɔremuka no ase de abɔ ɔhyew afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. \v 8 Afei ɔbɛtetew srade a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa, \v 9 ne asaabo abien no ne sisia srade ne ne bɔnwoma kotoku, \v 10 na wahyew no wɔ ɔhyew afɔremuka no so te sɛ nantwinini anaa nantwibere a wɔde no bɔ asomdwoe afɔre no pɛ. \v 11 Nanso nantwi ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nwoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamde, ne ne nsono no de, \v 12 wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ tew wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ fi afɔremuka no so kɔ hɔ kɔhyew no nnyansin so no. \p \v 13 “ ‘Sɛ Israelfo nyinaa yɛ bɔne a etia \nd Awurade\nd*, na sɛ ɛnyɛ ɔboayɛ a, nnipa no nyinaa bedi ho fɔ. \v 14 Na sɛ wohu wɔn bɔne a, wɔde nantwi ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. \v 15 Sɛ wɔrebɔ saa afɔre no a, ɔman no mu mpanyimfo de wɔn nsa begu aboa no apampam na wɔakum no wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 16 Na ɔsɔfo no de ne mogya aba Ahyiae Ntamadan no mu, \v 17 na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ \nd Awurade\nd* ne ntama a etwa ɔdan no mu no anim. \v 18 Ɔde mogya begu mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu wɔ \nd Awurade\nd* anim. Afei obehwie mogya a aka wɔ ɔhyew afɔre no afɔremuka no ase no agu wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. \v 19 Ɛsɛ sɛ woyi na wɔhyew srade a ɛwɔ aboa no mu no nyinaa wɔ afɔremuka no so. \v 20 Ɔbɛfa ɔkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔre no so pɛpɛɛpɛ. Eyi bɛma ɔsɔfo no abɛyɛ mpata ama ɔman no, na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no. \v 21 Afei asɔfo no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beae foforo bi akɔhyew no wɔ hɔ te sɛnea ɔrebɔ ɔbaakofo bɔne ho afɔre no. Nanso eyi de, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔde. \p \v 22 “ ‘Sɛ mpanyimfo no bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom Onyankopɔn mmara no baako \v 23 na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔde. \v 24 Ɔde ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ beae a wokum ɔhyew afɔre mmoa no de ama \nd Awurade\nd* no. Eyi yɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. \v 25 Afei, ɔsɔfo no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔde mogya no mu na ɔde asra afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkae agu afɔremuka no ase. \v 26 Wɔbɛhyew srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so te sɛ nea wɔhyew asomdwoe afɔre srade no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanyin ko no wɔ ne bɔne no ho; na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. \p \v 27 “ ‘Sɛ apapahwekwa bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom a, odi ho fɔ. \v 28 Nanso onya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no. \v 29 Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wɔakum no. \v 30 Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfo no behwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase. \v 31 Wobeyi srade no nyinaa afi mu te sɛ nea wɔfa bɔ asomdwoe afɔre no ara. Na ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so. Na \nd Awurade\nd* ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. \p \v 32 “ ‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguamma bɛbɔ ne bɔne ho afɔre nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbere a dɛm biara nni ne ho. \v 33 Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔde. \v 34 Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase. \v 35 Wɔbɛyɛ srade no sɛnea wɔyɛ asomdwoe oguamma srade no. Ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so te sɛ afɔre ahorow a wɔde ogya bɔ ma \nd Awurade\nd* no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. \c 5 \s1 Bɔne Ahorow A Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Afɔre \p \v 1 “ ‘Obiara a ɔnka bɔne bi a onim ho biribi ho hwee no di ho fɔ. \p \v 2 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa ka ade bi a amanne kwan so no ɛho ntew, te sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, sɛ ɔyɛ wuram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea wɔ fam no, mpo sɛ onnim sɛ ne ho agu fi na akyiri no ogye nʼafɔdi to mu, \v 3 anaa sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a efi onipa mu a ɛho ntew na ɔte ne ho ase sɛ odi ho fɔ, \v 4 anaa sɛ obi annwene ho na ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ biribi a eye anaa ennye na akyiri no ohu nʼafɔdi; \v 5 sɛ obi ani ba ne ho so wɔ eyinom biara mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka ne bɔne a wayɛ. \v 6 Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere anaa abirekyibere bɔ afɔre ma Awurade wɔ ne bɔne ho asotwe ho. Ɔsɔfo na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔre ama no. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no. \p \v 7 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma mfa mma \nd Awurade\nd* a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔde na ɔbaako ayɛ ne hyew afɔrebɔde. \v 8 Ɔde bɛma ɔsɔfo no na ɔde anomaa a odi kan no abɔ bɔne afɔre no. Obekyim aboa no kɔn nanso ɔrentew ne ti mfi so, \v 9 na wapete ne mogya no bi agu afɔremuka no ho. Mogya no nkae no, obehwie agu afɔremuka no ase. Eyi ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne. \v 10 Na ɔsɔfo no de anomaa a ɔto so abien no bɛbɔ ɔhyew afɔre sɛnea ɔbɔɔ afɔre a edi kan no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama nea wayɛ bɔne no, na ɛnam so ama wɔde ne bɔne akyɛ no. \p \v 11 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburoo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnomamma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre a, ɔde asikresiam muhumuhu lita abien ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhuam nso gu so, efisɛ ɛyɛ bɔne afɔre. \v 12 Ɔde bɛma ɔsɔfo no. Na ɔsɔfo no asaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so ama \nd Awurade\nd* sɛ afɔrebɔde biara. Eyi bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ. \v 13 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfo no te sɛ nnɔbae afɔrebɔde no ara pɛ.’ ” \p \v 14 \nd Awurade\nd* hyɛɛ mmara maa Mose se, \v 15 “Sɛ obi anhyɛ da na ogu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpata wɔ nʼafɔdi no ho bɛba abɛbɔ \nd Awurade\nd* afɔre. \v 16 Ade kronkron a nipa no guu ho fi no nso, ɔde foforo besi anan na watua dekode no bo ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfo na ɔde Odwennini no abɔ bɔne afɔre no na wɔde ne bɔne akyɛ no. \p \v 17 “Sɛ obi anhyɛ da na obu \nd Awurade\nd* mmara no bi so a, odi fɔ nti ɛsɛ sɛ otua afɔbude a Mose bɛhyɛ no. \v 18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini anaa ɔpapo a onni dɛm brɛ ɔsɔfo sɛ ne bɔne no ho afɔrebɔde. Na ɔsɔfo no de ayɛ mpata ama no wɔ bɔne biara a ɔyɛe a wanhyɛ da no ho, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. \v 19 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa afɔre no sɛ afɔdi afɔre, efisɛ odi fɔ pefee wɔ \nd Awurade\nd* anim.” \c 6 \s1 Bɔne A Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Afɔdi Afɔre \p \v 1 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔbɛdaadaa ne yɔnko wɔ biribi a wɔde ahyɛ ne nsa anaa ade a wɔawia na wɔde abegyaw no no ho, anaasɛ osisi ne yɔnko, \v 3 anaa otu ahu na ɔka ntam san wɔ ho se dekode no nni ne nkyɛn a, \v 4 sɛ obi yɛ bɔne na odi ho fɔ a, ɔbɛsan de ne akorɔnne no anaa ne tintimgye ade anaa nea wɔde maa no siei anaa agyapade a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa ade a ayera no aba, \v 5 biribiara a waka ho ntamhunu no nso, ɔbɛsan de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ɛyɛ ne de no wɔ da a ɔrebɔ afɔdi ho afɔre no. \v 6 Nʼafɔdi ho afɔrebɔde no sɛ ɔde odwennini a onni dɛm na ɔsom bo kɔma ɔsɔfo. \v 7 Na ɔsɔfo no de no bɛyɛ mpata ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.” \p \v 8 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 9 “Fa saa mmara a ɛfa ɔhyew afɔre ho yi ma Aaron ne ne mmabarima. ‘Wobegyaw ɔhyew afɔrebɔde no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa, na ɛsɛ sɛ afɔremuka gya no kɔ so dɛw. \v 10 Ade kye a, ɔsɔfo no bɛhyɛ nʼasɔfotade hyerɛnhyerɛn wɔ ase na wahyɛ atadetam koro no ara bi nguguso na wakɔpra ɔhyew afɔre nsõ no de agu afɔremuka no nkyɛn. \v 11 Afei, ɔbɛsesa ne ntade no na wasoa nsõ no afi beae hɔ de akogu beae foforo a wɔatew hɔ no. \v 12 Saa bere yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔremuka no so no dɛw. Ɛnsɛ sɛ edum. Anɔpa biara ɔsɔfo no de ogya foforo bɛhyɛ mu na ɔde da biara ɔhyew afɔre agu so, na wahyew srade a wɔde bɔ da biara asomdwoe afɔre no. \v 13 Ɛsɛ sɛ bere biara ogya no kɔ so dɛw wɔ afɔremuka no so; ɛnsɛ sɛ edum. \p \v 14 “ ‘Atoko afɔre ho mmara nso ni: Aaron mmabarima begyina afɔremuka no anim na wɔde atoko afɔrebɔ no ama \nd Awurade\nd*. \v 15 Ɔsɔfo no bɛsaw asikresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsa ma na ɔde ngo ne aduhuam afra ahyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ehua a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. \v 16 Ɔsaw ne nsa ma wie a, nea ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmabarima de a wobedi. Wobedi wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ a wɔremfa mmɔkaw mfra. \v 17 Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔkaw mmfra mu. Mede saa ɔhyew afɔre a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfo no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdi ho afɔrebɔ, nti ɛyɛ kronkron. \v 18 Aaron asefo mmarima ne asɔfo na wonni mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. Nanso asɔfo no nko ara na wonni afɔrebɔde a wɔabɔ no ogya so ama \nd Awurade\nd* no. Biribiara a ɛbɛka wɔn no bɛyɛ kronkron.’ ” \p \v 19 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, \v 20 “Da a wɔbɛsra Aaron ne ne mmabarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam lita abien ne fa brɛ \nd Awurade\nd*. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummere. \v 21 Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dade apampaa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yiye na wɔde ba sɛ ehua a ɛsɔ \nd Awurade\nd* nʼani. \v 22 Ɔsɔfo a ofi Aaron mmabarima mu a wɔrehyɛ no sɔfo ma wasi nʼagya anan no de bɛma \nd Awurade\nd* sɛnea wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhyew ne nyinaa no. \v 23 Ɛsɛ sɛ wɔhyew ɔsɔfo biara atoko afɔre a ɔbɛbɔ no nyinaa; ɛnsɛ sɛ wodi.” \p \v 24 Afei \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara ni: ‘Saa afɔrebɔde yi ho yɛ kronkron yiye enti ɛsɛ sɛ wokum no \nd Awurade\nd* anim wɔ beae a wokum ɔhyew afɔrebɔde no. \v 26 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔde no wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ. \v 27 Wɔn a wɔatew wɔn ho a wɔyɛ asɔfo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntade mu a, ɛsɛ sɛ wɔhoro ntade no wɔ beae a wɔatew ho hɔ. \v 28 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ kuku a wɔnoaa nam no wɔ mu no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wotwiw mu, na wɔde nsu hohoro mu nyinaa yiye. \v 29 Ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu no bedi afɔrebɔde no bi—wɔn nko ara—efisɛ ɛyɛ kronkron yiye. \v 30 Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔde no mogya no bi kɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ de kɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfo biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hyew aboa no nyinaa wɔ Awurade anim. \c 7 \p \v 1 “ ‘Amanne a ɛfa afɔdi afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ho no ni: \v 2 Wobekum aboa a wɔde no rebɔ afɔdi afɔre no wɔ beae a wokum aboa a wɔde no bɔ ɔhyew afɔre no na wɔde ne mogya no apete afɔremuka no ho ahyia. \v 3 Ɔsɔfo no de aboa no mu srade nyinaa, ne dua, \v 4 nʼasaabo abien ne ne sisia srade ne ne bɔnwoma kotoku no nyinaa begu nkyɛn de abɔ saa afɔre no. \v 5 Ɔsɔfo no bɛhyew no afɔremuka no so sɛ aduan afɔrebɔ a wɔde rema Awurade. Ɛyɛ afɔdi afɔre. \v 6 Ɔbarima a ɔfra asɔfo abusua mu no mu tumi we nam no bi. Ɛsɛ sɛ wɔwe wɔ beae a ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛho tew yiye. \p \v 7 “ ‘Amanne koro no ara na wɔbɛfa so abɔ bɔne afɔre ne afɔdi afɔre no. Ɛyɛ ɔsɔfo a ɔyɛɛ mpata maa wɔn no de. \v 8 Ɔsɔfo a odii ɔhyew afɔrebɔ no ho dwuma no betumi afa aboa no ho nwoma no. \v 9 Sɛ asɔfo a wɔbɔ atoko ho afɔre ma \nd Awurade\nd* no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atoko no nkae bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔde no, wɔto o, wɔkyew o, wɔnoa o, amanne koro no ara ase na ɛhyɛ. \v 10 Atoko afɔrebɔ biara a aka no, sɛ wɔde ngo fra anaa wɔamfa ngo amfra a, ɛyɛ Aaron mmabarima nyinaa dea. \p \v 11 “ ‘Amanne a ɛfa asomdwoe afɔre sononko a wɔbɔ ma \nd Awurade\nd* no ho no ni: \p \v 12 “ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoe afɔre a, wɔmfa brodo a mmɔkaw nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa brodo ntrantraa bi a wɔde ngo agu so ne asikresiam mfrafrae a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔde no ho. \v 13 Wɔmfa brodo a emu piw a wɔde mmɔkaw afra nka saa aseda asomdwoe afɔre yi ho. \v 14 Wɔde saa afɔrebɔde yi bi begyina afɔremuka no anim na wɔahim wɔ afɔremuka no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ wɔde ama \nd Awurade\nd*. Afei, wɔbɛdan afɔrebɔde no ama ɔsɔfo a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔre no mogya a ɔboa dwumadi no. \v 15 Sɛ wɔde aboa no bɔ \nd Awurade\nd* afɔre de ma no sɛ asomdwoe afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedade a, ɛsɛ sɛ wɔwe ne nam da no ara. Ɛnsɛ sɛ bi ka ma ade kye so. \p \v 16 “ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔde bi ba a ɛnyɛ asomdwoe afɔre na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa efi ne koma mu na ɔde rebrɛ \nd Awurade\nd* de a, nea ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ ade kye so a, wotumi we. \v 17 Afɔrebɔ nam biara a ebedi nnansa no de, wɔnhyew. \v 18 Sɛ obi we nea adi nnansa no bi a, \nd Awurade\nd* rennye afɔrebɔde no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔde, na onipa a ɔde bae sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔre no rennya so mfaso biara. Ɔsɔfo a ɔbɛwe no nso bedi ho fɔ, efisɛ ɛyɛ akyiwade ma \nd Awurade\nd*; na onipa a ɔbɛwe saa nam no, ɛsɛ sɛ oyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho. \p \v 19 “ ‘Nam biara a ɛka biribi a wɔntew ho no, wɔnnwe; wɔnhyew. Nam biara a aka de, obiara a ne ho tew wɔ ho kwan sɛ ɔwe. \v 20 Ɔsɔfo biara a ne ho ntew na obedi asomdwoe afɔre no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi. \v 21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho ntew no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na oguu ho fi na obedii asomdwoe afɔrebɔde no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi.’ ” \p \v 22 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 23 “Ka kyerɛ Israelfo no se wonnni srade, sɛ efi anantwi, nguan anaa mmirekyi mu. \v 24 Sɛ ɔyare bi bɔ aboa bi na owu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforo bi kum no a, wonnni ne srade na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforo. \v 25 Obiara a obedi srade a efi afɔrebɔde a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu. \v 26 Munnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa. \v 27 Obiara a ɔbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.” \p \v 28 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 29 “Ka kyerɛ Israelfo se obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Awurade asomdwoe afɔre no, ɔno ara nkita mmra. \v 30 Ɔmfa afɔrebɔde a ɛyɛ srade ne ne yan a wobehim wɔ afɔremuka no anim de ama \nd Awurade\nd* no mmra. \v 31 Afei, ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so na ne yan no de, Aaron ne ne mmabarima bɛfa. \v 32 Ɛsɛ sɛ mode mo asomdwoe afɔrebɔde no srɛ nifa no ma ɔsɔfo no sɛ mo fam de. \v 33 Na Aaron mmabarima no mu nea ɔde mogya ne srade a efi afɔrebɔde no mu no bɛba afɔremuka no so no na ɔbɛfa srɛ nifa no. \v 34 Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛde a efi Israelfo nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmabarima. Bere biara, wɔmfa saa afɔrebɔde no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmabarima.” \p \v 35 Wɔn akatua ne no: Ɔhyew afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfo a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima no. \v 36 Efisɛ da a \nd Awurade\nd* sraa wɔn ngo no, ɔhyɛɛ sɛ Israelfo mfa saa kyɛfa no mma wɔn; ɛyɛ wɔn kyɛfa daa daa wɔ awo ntoatoaso ɛbɛba nyinaa mu. \p \v 37 Eyinom ne amanne a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ, atoko afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ, afɔdi afɔrebɔ, ahotew afɔrebɔ ne asomdwoe afɔrebɔ ho. \v 38 \nd Awurade\nd* de saa mmara yi maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔno nso mfa mma Israelfo no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn afɔre ahorow no de ma Onyankopɔn wɔ Sinai sare so hɔ. \c 8 \s1 Asɔfohyɛ \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Afei fa Aaron ne ne mmabarima bra Ahyiae Ntamadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntade, ɔsra ngo, nantwi ba a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre, adwennini abien ne brodo a mmɔkaw nni mu nkɛntɛn abien \v 3 na frɛ Israelfo no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.” \v 4 Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no, na wohyiaa wɔ Ahyiae Ntamadan kwan no ano. \p \v 5 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Ade a merebɛyɛ yi, \nd Awurade\nd* na wahyɛ me sɛ menyɛ.” \v 6 Afei, Mose de Aaron ne ne mmabarima no baa anim, na ɔde nsu hohoroo wɔn ho. \v 7 Ɔde Aaron atade sononko bi a ne mmeamu ka ho ne batakari a asɔfotade a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔso hyɛɛ no. \v 8 Afei, Mose de adɛbo fam Aaron bo de Urim ne Tumim a ase ne hann ne pɛyɛ no hyɛɛ mu. \v 9 Ɔbɔɔ Aaron abotiri kɛse bi a ɛwɔ sika abɔanim sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ. \p \v 10 Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiae Ntamadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tew ne nyinaa ho. \v 11 Ɔpetee afɔremuka no so mpɛn ason. Afei, ɔpetee nkuku a ɛwɔ afɔremuka no so no ne hweaseammɔ ne ne ntaamu ho de tew ho. \v 12 Afei, ohwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tew ne ho sɛ omfiti nʼadwuma ase. \v 13 Nea edi hɔ ne sɛ, Mose de batakari hyehyɛɛ Aaron mmabarima a nkyekyeremu ne kyɛw ka ho, sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. \p \v 14 Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam. \v 15 Mose kum no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔremuka mmɛn nan no ho ne afɔremuka no ankasa ho de tew ho, na ohwiee mogya no nkae no guu afɔremuka no ase de tew ho sɛ mpata. \v 16 Ɔfaa nʼayamde ho srade ne ne mmerɛbo ho srade ne nʼasaabo abien no ne ɛho srade hyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so. \v 17 Nanso ɔhyew nantwinini ba no ne ne nwoma ne ne nsono wɔ nsraban no akyi sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose no. \p \v 18 Afei, ɔde odwennini no maa \nd Awurade\nd* sɛ ɔhyew afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam. \v 19 Na Mose kum no de ne mogya no bi petee afɔremuka no ho nyinaa. \v 20 Otwitwaa odwennini no nam na ɔhyew asinasin no a ne ti ne ne srade ka ho. \v 21 Na ɔde nsu hohoroo nʼayamde ne nʼanan no ho hyew no wɔ afɔremuka no so maa ne nyinaa hyew dwerɛbee. Na ɛyɛ ɔhyew afɔre, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ maa \nd Awurade\nd*, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. \p \v 22 Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ asɔfohyɛ dwennini no bae. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu nʼapampam. \v 23 Mose kum no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. \v 24 Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmabarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn anan nifa kokurobeti. Ɔde mogya no nkae petee afɔremuka no ho nyinaa. \v 25 Afei, ɔfaa srade no, ne dua, ne ne mu srade, ne bɔnwoma kotoku, nʼasaabo abien no ne ɛho srade ne ne srɛ nifa no. \v 26 Na ɔde saa brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu no baako nso ne brodo ntrantraa no baako a wɔde ngo agu so ne brodo ntrantraa baako a wɔfaa ne nyinaa fii kɛntɛn a wɔde besii hɔ wɔ \nd Awurade\nd* anim no mu guguu eyinom nyinaa so. \v 27 Wɔde eyinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima nsa na wonhim no wɔ \nd Awurade\nd* anim sɛ ohim afɔrebɔ. \v 28 Mose gyee ne nyinaa fii wɔn nsam hyew no wɔ afɔremuka no so wɔ ɔhyew afɔre no so sɛ asɔfohyɛ afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma \nd Awurade\nd*. \v 29 Afei Mose nso faa ne yan no a na ɛyɛ ne kyɛfa wɔ asɔfohyɛ dwennini nam no mu no hinhim wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ, sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. \p \v 30 Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔremuka no so no bi de petee Aaron ne ne mmabarima ntade mu de tew Aaron ne ne mmabarima ne wɔn ntade ho maa \nd Awurade\nd* dwumadi. \p \v 31 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima no se, “Monnoa nam no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na momfa nni brodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔde wɔ mu no sɛnea meka kyerɛɛ mo no. \v 32 Nam ne brodo biara a ɛbɛka no, monhyew. \v 33 Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadi no. \v 34 Mose kaa bio se nea ɔyɛɛ no da no nyinaa no, \nd Awurade\nd* na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn. \v 35 Ɔsan hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima no sɛ wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛ mufi hɔ a, mubewuwu. Eyi ne asɛm a \nd Awurade\nd* aka.’ ” \p \v 36 Enti Aaron ne ne mmabarima dii nsɛm a \nd Awurade\nd* nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so. \c 9 \s1 Asɔfo No Fi Wɔn Dwumadi Ase \p \v 1 Ahodwira no akyi da a ɛto so awotwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israel mpanyimfo nyinaa. \v 2 Ɔka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔkyere nantwinini ba mfi anantwi no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔre, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyew afɔre. Ɔka kyerɛɛ no se ɔmmɔ saa afɔre yi nyinaa wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 3 Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Israelfo na wonyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔre mma wɔn ho, na wɔmfa nantwi a wadi afe ne oguamma a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyew afɔre no, \v 4 na wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoe afɔre na wɔmfa asikresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre mma \nd Awurade\nd*, efisɛ nnɛ, \nd Awurade\nd* beyi ne ho adi akyerɛ mo.” \p \v 5 Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea Mose hyɛe no. Nnipa no nyinaa begyinagyinaa \nd Awurade\nd* anim. \v 6 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi na \nd Awurade\nd* ahyɛ mo sɛ monnyɛ na \nd Awurade\nd* anuonyam ada ne ho adi akyerɛ mo.” \p \v 7 Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔ afɔremuka no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no mfa nyɛ mpata mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛe no. \p \v 8 Enti Aaron foro kɔɔ afɔremuka no so. Okum nantwi ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔre. \v 9 Ne mmabarima no de mogya no brɛɛ no na ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu sraa mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no na ohwiee nkae no guu afɔremuka no ase. \v 10 Afei, ɔhyew srade, asaabo, bɔnwoma, bɔnwoma nkotoku a efi bɔne afɔrebɔde no mu sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose no. \v 11 Na nam no de, ɔhyew ne ne nwoma wɔ nsraban no akyi. \p \v 12 Nea edi hɔ ne sɛ, okum ɔhyew afɔre aboa no maa ne mmabarima sɔw mogya no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa, \v 13 Wɔde aboa no brɛɛ no asinasin a ne ti ka ho. Ɔhyew aboa no akwaa biara wɔ afɔremuka no so. \v 14 Afei, ɔhoroo aboa no ayamde ne ne nan ho hyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre. \p \v 15 Afei, ɔbɔɔ afɔre maa ɔmanfo. Okum abirekyi nanso ɔfaa ɔkwan koro a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔre maa ne ho no so bɔɔ afɔre maa ne ho. \p \v 16 Saa ɔkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyew afɔre de maa \nd Awurade\nd* sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ no. \v 17 Afei, ɔbɔɔ atoko afɔre no, ɔfaa ne nsa mma na ɔhyew wɔ afɔremuka no so de kaa anɔpa ɔhyew afɔrebɔ no ho. \p \v 18 Okum nantwi ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoe afɔrebɔde no. Aaron mmabarima no de mogya no brɛɛ no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa. \v 19 Oyii nantwi no ne odwennini no srade. Oyii wɔn dua mu srade ne wɔn ayamde srade, ne wɔn asaabo ne wɔn bɔnwoma kotoku no. \v 20 Wɔde srade no guu mmoa no yan so na Aaron hyew wɔ afɔremuka no so. \v 21 Na ohim yan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ \nd Awurade\nd* anim de kyerɛɛ sɛ afɔre no yɛ ne dea, sɛnea Mose hyɛe no. \p \v 22 Afei, Aaron trɛw ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, na osian fii afɔremuka no ho sii fam. \p \v 23 Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ na wɔsan baa bio no, wohyiraa nnipa no na \nd Awurade\nd* anuonyam baa nnipa no nyinaa so. \v 24 Na ogya fi \nd Awurade\nd* nkyɛn bɛhyew ɔhyew afɔrebɔde no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Na nnipa no huu eyi no, wɔn nyinaa teɛteɛɛ mu butubutuw fam wɔ \nd Awurade\nd* anim. \c 10 \s1 Nadab Ne Abihu Wu \p \v 1 Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhuamyɛfo ade mu. Wɔde aduhuam no petee ogya no so ma wɔnam saa kwan yi so buu \nd Awurade\nd* mmara so, efisɛ wɔde ogya a ɛnyɛ nea \nd Awurade\nd* ahyɛ baa nʼanim. \v 2 Enti ogya dɛw fii \nd Awurade\nd* nkyɛn bɛhyew wɔn. \v 3 Mose ka kyerɛɛ Aaron se, \nd Awurade\nd* kae se, \q1 “ ‘Mɛda me ho kronkronyɛ adi akyerɛ \q2 wɔn a wɔba me nkyɛn; \q1 wɔbɛhyɛ me anuonyam wɔ nnipa nyinaa anim no, \q2 na nea ɔrekyerɛ nen.’” \m Na asɛm no tɔɔ Aaron mum. \p \v 4 Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔtwe nnipa a wɔahyew no nyinaa mfi Ahyiae Ntamadan no anim mfa wɔn nkɔ nsraban no akyi.” \v 5 Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntade mu sɛnea Mose aka akyerɛ wɔn no. \p \v 6 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Munnsu. Mommma mo tinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwo. Munnsunsuane mo ntade mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bekum mo nso na nʼabufuw bɛba Israelfo nyinaa so. Nanso Israelfo a wɔaka no de, esiane ogya a \nd Awurade\nd* de bae no nti, wotumi di Nadab ne Abihu wu no ho awerɛhow, tumi su wɔn nso. \v 7 Na mummfi Ahyiae Ntamadan no ano, anyɛ saa a mubewuwu, efisɛ \nd Awurade\nd* ngosra wɔ mo so.” Na wodii asɛm a Mose kae no so. \p \v 8 Afei, \nd Awurade\nd* hyɛɛ Aaron se, \v 9 “Sɛ wokɔ Ahyiae Ntamadan no mu a, nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wubewu. Saa mmara yi bɛtena hɔ afebɔɔ ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa, \v 10 na ama moatumi ahu nsonoe a ɛda kronkron ne nea ɛyɛ teta, nea ɛho tew ne nea ɛho ntew no tam, \v 11 na woatumi akyerɛkyerɛ Israelfo mmara a \nd Awurade\nd* nam Mose so de ama mo no nyinaa.” \p \v 12 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Momfa atoko afɔrebɔde nkae wɔ aduan afɔrebɔ a mmɔkaw nni mu a wɔde brɛɛ \nd Awurade\nd* no na munni wɔ afɔremuka no ho, efisɛ ɛyɛ kronkron koraa. \v 13 Munni wɔ kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmabarima no dea, na ɛyɛ wo ne wo mmabarima no kyɛfa a efi aduan afɔrebɔ a wɔde brɛɛ \nd Awurade\nd* no mu; efisɛ saa na wɔahyɛ sɛ menyɛ. \v 14 Nanso ne yan ne ne srɛ a muhim no \nd Awurade\nd* anim no, mutumi we no beae biara a amanne kwan so no ɛhɔ tew. Ɛyɛ wo, wo mmabarima ne wo mmabea kyɛfa wɔ Israelfo Asomdwoe afɔrebɔde no mu. \v 15 Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka srade afɔrebɔde a wɔhyew de ma \nd Awurade\nd* no ho. Eyi bɛyɛ wo ne wʼasefo kyɛfa daa, sɛnea \nd Awurade\nd* ahyɛ no.” \p \v 16 Bere a Mose bisaa nea ayɛ abirekyi a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔre no ho asɛm no, ohuu sɛ wɔahyew no. Ɛno nti, ne bo fuw Eleasar ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmabarima no, bisae se, \v 17 “Adɛn nti na moanwe bɔne afɔrebɔde no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔde kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdi na ɛnyɛ mpata mma wɔn wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 18 Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no nti, anka mubetumi awe wɔ hɔ ara sɛnea mehyɛe no.” \p \v 19 Aaron buaa Mose se, “Nnɛ wɔbɔɔ wɔn bɔne afɔre ne ɔhyew afɔre maa \nd Awurade\nd*. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔre nam yi bi nnɛ a, anka \nd Awurade\nd* ani bɛsɔ ana?” \v 20 Na Mose tee saa no, ne bo dwoe. \c 11 \s1 Mmoa A Wɔn Ho Tew Ne Wɔn A Wɔn Ho Ntew \p \v 1 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, \v 2 “Monka nkyerɛ Israelfo no se, ‘eyi ne mmoa a mubetumi awe wɔ asase so mmoa no mu. \v 3 Mutumi we aboa biara a ne tɔte mu apae kosi nea opuw wosaw so. \p \v 4 “ ‘Monnnwe mmoa a wodidi so yi. Yoma, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. \v 5 Atwaboa, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. \v 6 Adanko, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo. \v 7 Prako, efisɛ ne tɔte mu apae nanso ompuw nwosaw; ne ho ntew mma mo. \v 8 Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔn ho ntew mma mo. \p \v 9 “ ‘Munni nsumnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a efi nsubɔnten anaa po mu. \v 10 Nanso nsumnam a aka no de, mukyi. \v 11 Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu; wɔn ho ntew. \v 12 Miti mu sɛ, nsumnam biara a enni ntɛtɛ anaa abon no, mukyi, wɔn ho ntew. \p \v 13 “ ‘Nnomaa a ɛsɛ sɛ mubu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti mukyi no korakora nso ne: ɔkɔre, ne opete ne opetebiri, \v 14 ɔkompete, ɔsansa, \v 15 kwaakwaadabi, \v 16 sohori, patukɛse, po so akorɔma, akorɔma, \v 17 patu, sare so patu, patukɛse, \v 18 bakanoma, nantwinoma, opete, \v 19 asukɔnkɔn, asuɔkwaa ne ampan. \p \v 20 “ ‘Mmoawa a wotu a wɔn anan yɛ anan no nso nyɛ mmoa a wɔn ho tew; ɛnsɛ sɛ mowe. \v 21 Mmom, wɔn a wɔn anan bɔ mu a wɔde huruwhuruw wɔ fam no de mutumi we. \v 22 Ebi ne mmoadabi ahorow nyinaa, nketekre, ne tɛwtɛw nyinaa mutumi we. \v 23 Nanso mmoawa a wotu na wɔwɔ anan anan no de, munhu sɛ wɔn ho ntew. \p \v 24 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn funu no mpo ho begu fi kosi anwummere. \v 25 Obiara a ɔbɛfa bi no ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ɔtwe ne ho fi nnipa mu kosi anwummere de kyerɛ sɛ ne ho agu fi. \p \v 26 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwiei anaa aboa a ompuw nwosaw no, wagu ne ho fi. \v 27 Aboa biara a nʼanan yɛ anan na ɔnam nʼawerɛw so no, mukyi ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho begu fi kosi anwummere; ɛyɛ mo akyiwade. \v 28 Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ne ho rentew ara kosi anwummere. \p \v 29 “ ‘Mmoa a wɔwea wɔ fam a wɔn ho ntew no ni: Ahweaa, okisi, ɔketew abusua a wɔsoso, \v 30 opo, ɔmampam, ɔdan ne na, ɔketew, ne ɔbosomaketew. \v 31 Wɔn a wɔwea no nyinaa ho ntew mma mo, obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho begu fi akosi anwummere \v 32 Biribiara a wɔn funu no bɛka no nso ho begu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntama, kuntu, kotoku; biribiara a ɛbɛka no, wɔmfa ngu nsu mu nkosi anwummere. Ɛno akyi no, ɛho bɛtew. \v 33 Kuku biara a bi bɛtɔ mu no, nea ɛwɔ mu biara ho begu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kuku no. \v 34 Nsu a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho ntew no ho wɔ kuku no mu no, sɛ bi ka aduan bi a, ebegu aduan no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kuku a ɛho agu fi no mu no nso ho begu fi saa ara. \v 35 Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɔbo anwen a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wobubu gu. \v 36 Sɛ aboa no tew hwe asuti anaa abura bi a nsu wɔ mu a, nsu no ho rengu fi, na mmom, onipa a obeyi aboa no ho na ebegu fi. \v 37 Na sɛ aboa no funu ka aduan a wobedua wɔ afum a, ɛho rengu fi, \v 38 Nanso sɛ wɔfɔw aba no nsu na funu no tɔ so a, aba no ho begu fi. \p \v 39 “ ‘Sɛ ɔyare bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho begu fi akosi anwummere. \v 40 Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne nam no bɛhoro ne ntama na ne ho agu fi akosi anwummere. \p \v 41 “ ‘Monnnwe mmoa a wɔwea wɔ fam no nam. \v 42 Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn anan anan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ anan bebree na wɔwea no nam nso, efisɛ wɔn ho agu fi. \v 43 Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi. \v 44 Mene \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn. Momma mo ho ntew wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. Eyi nti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea wɔ fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi. \v 45 Mene \nd Awurade\nd* a miyii mo fii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Nyankopɔn no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. \p \v 46 “ ‘Eyi ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsumnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho. \v 47 Eyi ne nsonoe a ɛda mmoa a wɔn ho tew a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn nam ne wɔn a wɔn ho ntew a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn nam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’ ” \c 12 \s1 Awo Akyi Ahodwira \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, \v 2 ‘Sɛ ɔbea bi wo ɔbabarima a, ne ho ntew nnanson, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. \v 3 Ne nnaawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wotwa abarimaa no twetia. \v 4 Na nnafua aduasa abiɛsa a ɛda nʼanim a ɔde retew ne ho no, ɛnsɛ sɛ oso biribiara a ɛyɛ kronkron mu na onni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso. \v 5 Sɛ ɔbea bi wo ɔbabea a, ne ho ntew nnaawɔtwe abien, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia asia ma ne ho twa. \p \v 6 “ ‘Sɛ saa ahotew nna yi twa mu a, ɛsɛ sɛ ɔde oguamma a wadi afe bɛbɔ ɔhyew afɔre na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔre. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiae Ntamadan no ano kɔma ɔsɔfo no. \v 7 Na ɔsɔfo no de wɔn bɛma \nd Awurade\nd* de ayɛ mpata ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho tew bio wɔ nʼawo mu mogyagugu ho. \p “ ‘Eyinom ne awo akyi ahyɛde. \v 8 Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma no a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien ba. Wɔde ɔbaako bɛbɔ ɔhyew afɔre na wɔde ɔbaako abɔ bɔne ho afɔre. Ɔsɔfo no bɛfa saa kwan yi so ayɛ mpata ama no, sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtew bio.’ ” \c 13 \s1 Ɔhonam Ani Nsanyare Ho Nsɛnkyerɛnne \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, \v 2 “Sɛ obi hu sɛ biribi ahon ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa atape asi no na adidi akɔ ne honam mu a, onhu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfo Aaron anaa ne mmabarima no mu baako \v 3 na ɔhwɛ kuru no. Sɛ nwi a esi kuru no hɔ dan yɛ fitaa na kuru no atu atɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no da no adi sɛ ɔyarefo no yɛ ɔkwatani. \v 4 Na sɛ kuru no ntɔɔ ɔhonam no mu na sɛ kuru no hɔ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yi ɔyarefo no fi nnipa mu nnanson. \v 5 Nnanson no du a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no bio na sɛ kuru no nsakrae na ɛntrɛwee wɔ ɔhonam no ani a, ɔsɔfo no bɛsan atwa no asu nnanson bio. \v 6 Afei ne nnanson so no, ɔsɔfo no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ohu sɛ ɔyare no ano abrɛ ase a ɛntrɛwee a, ɔsɔfo no bɛka ato gua sɛ, ɔyarefo no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ ntwom bi na eguu no bere tiaa bi mu. Enti sɛ ɔyarefo no horo ne ntama a, wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie. \v 7 Na sɛ nso ɔyarefo no ba ɔsɔfo no nkyɛn ma ɔhwɛ no na ɔyare no atrɛtrɛw a, ɛsɛ sɛ ɔsan ba ɔsɔfo no nkyɛn bio \v 8 na ɔhwɛ no na sɛ ɔyare no atrɛtrɛw wɔ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanne kwan so no, ne ho ntew na ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare. \p \v 9 “Sɛ obi nya ɔhonam ani nsanyare a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfo na ɔhwɛ no. \v 10 Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nwi no bi ayɛ fitaa na kuru atɔ saa beae hɔ a, \v 11 na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de to gua sɛ amanne kwan so no, onipa no ho ntew. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ ɔyare no mu bio, efisɛ ɛda adi pefee sɛ ɔhonam no ayɛ kwata. \p \v 12 “Nanso sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no adidi ne honam nyinaa fi ne ti so kosi ne nan ase nyinaa a, \v 13 ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew, efisɛ ne honam nyinaa adan ayɛ fitaa. \v 14 Na sɛ akuru no bi pue ne honam no baabi foforo a, wɔbɛpae mu aka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. \v 15 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka ntɛm ara a ohu kuru wɔ honam no fa baabi, efisɛ akuru no kyerɛ sɛ kwata wɔ ɔhonam no mu. \v 16 Na sɛ akuru no wu na ɛdan yɛ fitaa sɛ ɔhonam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfo no hɔ bio. \v 17 Ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ ɔhonam no fa hɔ ayɛ fitaa de a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka sɛ ne ho atɔ no. \p \v 18 “Sɛ pɔmpɔ si obi na agyae \v 19 na sɛ baabi a pɔmpɔ no sii no biribi hyerɛnn bi, anaa nea ɛbere kakra hon wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. \v 20 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ɔyare no adidi kɔ ne honam mu na nwi a ɛwɔ ɔhonam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ɔyarefo no ho ntew, efisɛ kwata apue afi pɔmpɔ no mu. \v 21 Nanso sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ nwi fitaa biara nni baabi a ɔyare no wɔ hɔ no, na ɔyare no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosu no yɛ nsonso a ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson. \v 22 Saa bere no mu sɛ beae hɔ no trɛtrɛw a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se, onipa no yare kwata. \v 23 Na sɛ beae a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn no anhon bio na antrɛtrɛw a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew. \p \v 24 “Sɛ obi hyehyew na sɛ ɔhyehyew no mu yɛ kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a, \v 25 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ faako a ɔhyehyew no wɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beae a ɛhɔ nnii dɛm biara no dan yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ ade a adidi kɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afi ɔhyehyew no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani. \v 26 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ hu sɛ nwi fitaa nni beae a ɛhɔ yɛ hyerɛnn no, na sɛ hyerɛnn no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na ɔyare no regyae a, ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson \v 27 na wahwɛ no ne nnanson so bio. Sɛ ɔyare no trɛw fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se kwata ayɛ onipa no. \v 28 Nanso sɛ ɔhonam no fa hɔ a ayɛ hyerɛnn no antrɛtrɛw ɔhonam no ani, na sɛ ɛyɛ sɛ nea ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ ɔhyehyew twa bi, enti ɔsɔfo no bɛda no adi sɛ ɔnyare kwata. \p \v 29 “Sɛ kuru da ɔbarima anaa ɔbea bi tirim anaa nʼafono ho a, \v 30 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ohu sɛ ɔyare no adidi kɔ ɔhonam no mu na ɔsan hu nwi a ɛte sɛ akokɔsrade wɔ kuru no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka se onipa no yare kwata. \v 31 Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ ɔyare no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na mmom, ɛwɔ ɔhonam no ani a nwi tuntum wɔ mu a, ɛsɛ sɛ woyi onipa no fi nnipa mu nnanson, \v 32 na ne nnanson so no, wɔsan hwɛ no bio. Sɛ ɔyare no ntrɛtrɛwee, na nwi a ɛte sɛ akokɔsrade nnaa ne ho adi wɔ mu na ennidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, \v 33 ɔbɛtwerɛw nwi a atwa kuru no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ kuru no mu ankasa) na ɔsɔfo no ayi no afi nnipa mu nnanson bio. \v 34 Ne nnanson so no, ɔbɛsan ahwɛ no, na sɛ ɔyare no ntrɛtrɛw nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se onipa no ho atew na sɛ ɔhoro ne ntama wie a, na afei wadi mu. \v 35 Na sɛ akyiri no saa ɔyare no trɛtrɛw a, \v 36 ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ no bio a ɔhwɛ sɛ nwi a ɛte sɛ akokɔsrade fra ɔyare no mu na ɔpae mu ka se, onipa no yare kwata. \v 37 Na sɛ ɔyare no trɛw a ɛtrɛtrɛw no gyae na sɛ nwi tuntum fuw wɔ beae hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se ne ho atew. \p \v 38 “Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi honam ani yɛ fitaa hanahana, \v 39 na akyiri no ɔhonam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ ɔyare foforo bi. \p \v 40 “Sɛ obi ti so pa a, ɛwɔ mu sɛ ne ti so apa de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani! \v 41 Sɛ obi ti so pa fi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata. \v 42 Na mmom, sɛ nsisii akɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ tipae no so a, na ɛkyerɛ sɛ ebia kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no. \v 43 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te sɛ kwata a, \v 44 na ɛkyerɛ sɛ, kwata ayɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se, onipa no yare kwata. \p \v 45 “Onipa biara a wobehu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ofura ntama a atetew na ɔma ne tinwi fuw, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteɛteɛ mu se, ‘Me ho ntew! Me ho ntew!’ \v 46 Na nna dodow a ɔyare no nkɔe no de, wɔbɛfa ɔyarefo no sɛ ne ho ntew enti ɛsɛ sɛ ɔtena kurow no akyi baabi. \p \v 47 “Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnne bi ka atade, \v 48 kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu, \v 49 na sɛ nsisii ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfo na ɔhwɛ. \v 50 Ɔsɔfo no de bɛkɔ akosie nnanson. \v 51 Nnanson so no, wasan ahwɛ bio. Na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛyɛ kwata a etumi san nnipa. \v 52 Ɛsɛ sɛ ɔde ogya hyew ntama, kuntu ne ntadetam ne aboa nwoma no nyinaa, efisɛ, ɛnam eyinom so betumi ama ɔyare no asan nnipa. \p \v 53 “Na sɛ ne nnanson so no ɔhwɛ na sɛ nsisii no ntrɛtrɛwee a, \v 54 ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔahoro nneɛma a wodwen sɛ ɔyare no bi wɔ mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson. \v 55 Sɛ nnanson bio akyi faako a ɔyare no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosu na ɛntrɛwee a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata nti ɛsɛ sɛ wɔhyew ade no, efisɛ ɔyare no adidi kɔ mu ara yiye. \v 56 Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nneɛmahoro no akyi, nsisii no ano abrɛ ase a, obetwa hɔ afi ntama anaa aboa nwoma a wɔde adi dwuma bi no mu. \v 57 Na sɛ ɛsan ba bio de a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no. \v 58 Sɛ wɔhoro na asɛm biara amma ho a, wotumi de di dwuma biara bere a wɔasan ahoro no.” \p \v 59 Eyinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntama anaa biribiara a wɔde aboa nhoma ayɛ a wɔnam so da no adi sɛ kwata wɔ dekode no mu anaa bi nni mu no ho. \c 14 \s1 Akwatafo Ahodwira \p \v 1 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Da a wobedwira ɔkwatani ho no, ɛho mmara ni: Wɔde no bɛkɔ akɔma ɔsɔfo, \v 3 na ɔsɔfo no ahwɛ no wɔ nsraban no akyi. Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no agyae a, \v 4 obebisa nnomaa abien bi a wɔwe, na afei wɔde sida dua, koogyan hama ne adwerɛ mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛde ama ɔkwatani no abrɛ no. \v 5 Ɔsɔfo no bɛka ama wɔakum nnomaa no mu baako wɔ asanka a nsu wɔ mu so. \v 6 Na anomaa a wonnya nkum no no nso, wɔde ɔno ne sida dua no ne koogyan hama no ne adwerɛ mman no bɛhyɛ anomaa a wokum no no mogya no mu. \v 7 Na ɔsɔfo no apete mogya no agu ɔkwatani a ne ho afi no so mpɛn ason, na wapae mu aka se ne ho atew na wagyaa anomaa a wonkum no no. \p \v 8 “Na ɔyarefo a ne ho atɔ no no bɛhoro ne ntama nyinaa. Obeyi ne ho nwi nyinaa nso. Obeguare na wasan abɛtena faako a kan no na ɔte hɔ no bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntamadan akyi nnanson. \v 9 Nnanson no so no, obeyi ne ho nwi nyinaa bio, obeyi nʼabogyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na waguare, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho atew. \p \v 10 “Da a edi so a ɛyɛ nnaawɔtwe so no, ɔbɛfa adwennini abien a wɔn ho nni dɛm ne oguamma bere baako a ɔno nso ho nni dɛm, asikresiam muhumuhu lita asia ne fa a wɔde ngo afra ne ngo a wɔmfa mfraa hwee lita fa. \v 11 Afei ɔsɔfo a ɔbɛhwehwɛ ɔyarefo no ho ahwɛ sɛ ne ho atɔ no no de onipa no ne nʼafɔrebɔde bɛba \nd Awurade\nd* anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. \p \v 12 “Ɔsɔfo no bɛfa nguantenmma no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama \nd Awurade\nd* sɛ afɔdi afɔrebɔ a wohim no wɔ afɔremuka no anim. \v 13 Afei, wobekum oguamma no wɔ beae a wɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no wɔ kronkronbea hɔ. Wɔde saa afɔdi afɔrebɔde yi bɛma ɔsɔfo no sɛnea wɔyɛ no bɔne afɔrebɔ mu no ara pɛ. Ɛyɛ afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ankasa. \v 14 Ɔsɔfo no bɛfa saa afɔdi afɔrebɔde mogya na ɔde akeka ɔyarefo a wɔretew ne ho no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. \v 15 Afei, ɔsɔfo no bɛfa ngo no bi ahwie agu ne nsa benkum mu \v 16 na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mpɛn ason wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 17 Ngo no a ɛbɛka ne nsa benkum mu no, ɔsɔfo no de bɛka onipa no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti sɛnea ɔde afɔdi mogya yɛe wɔ afɔdi afɔrebɔ no mu no ara pɛ. \v 18 Ɔde ngo no nkae a ɛwɔ ne nsam no bɛfɔw ɔbarima no ti ho. Eyi bɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no de ne ho ayɛ mpata ama onipa no wɔ \nd Awurade\nd* anim. \p \v 19 “Afei, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no bɔ bɔne afɔre na ɔsan yɛ mpata ho ade ma onipa a wɔrehohoro ne ho afi ne kwata mu no ho; ɛno akyi no, ɔsɔfo no bekum ɔhyew afɔrebɔde no \v 20 na ɔde abɔ ɛne atoko afɔre wɔ afɔremuka no so de ayɛ mpata ama ɔbarima no na afei, wapae mu aka sɛ ne ho afi no. \p \v 21 “Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nguamma abien no a, ɛno de, ɔde oguamma nini baako bɛbɔ afɔdi afɔre no de ama \nd Awurade\nd* sɛ mpata a wohim wɔ afɔremuka no anim; na wɔde asikresiam fitaa muhumuhu lita abien ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atoko afɔre no a ngo tumpan ka ho. \v 22 Ɛno akyi no, ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien mu biara a obenya no mu baako bɛbɔ bɔne afɔre na ɔde baako a ɛbɛka no nso abɔ ɔhyew afɔre. \p \v 23 “Da a ɛto so awotwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔsɔfo no de adwira no wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 24 Ɔsɔfo no bɛfa oguamma no de abɔ afɔdi afɔre. Ɔde ngo tumpan ma bɛka ho na wahim wɔ afɔremuka no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema \nd Awurade\nd*. \v 25 Afei, wobekum oguamma no de no abɔ afɔdi afɔre na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti. \v 26 Ɔsɔfo no behwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu \v 27 na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mpɛn ason wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 28 Na ɛsɛ sɛ ɔde ngo a ɛwɔ ne nsam no bi ka ɔbarima no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti sɛnea ɔyɛɛ mogya no, bere a ɔrebɔ afɔdi afɔre no. \v 29 Ngo no a ɛbɛka wɔ ne nsam no, ɛsɛ sɛ ɔde fɔw ɔbarima a wɔredwira no no ti ho de yɛ mpata wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 30 Afei, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma abien no mu biara a otumi tɔe no ba. \v 31 Wɔde abien a onyae no mu baako bɛbɔ bɔne afɔre na baako a aka no, ɔde abɔ ɔhyew afɔre a saa bere no ara mu wɔbɛbɔ atoko afɔre nso, na ɔsɔfo no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no wɔ \nd Awurade\nd* anim.” \p \v 32 Eyinom ne mmara a ɛfa wɔn a wɔtew wɔn ho ma wɔn ho fi kwata mu nanso wontumi mfa afɔrebɔde a ɛho hia no nyinaa mma no. \p \v 33 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, \v 34 “Sɛ mudu Kanaan asase a mede ama mo no so, na sɛ mede kwata kɔ afi bi mu a, \v 35 ɛno de, ofiwura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfo no na ɔnka se, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fi ha!’ \v 36 Ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔatu ofie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka se kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforo ho fi wɔ hɔ. \v 37 Sɛ ohu nsensansensan ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ ofie no afasu ho a anonom kɔ afasu no mu a, \v 38 ɔbɛto ofi no mu nnanson \v 39 na ne nnanson so no, wasan aba bio abɛhwɛ. Na sɛ nsensansensan awurawura afasu no mu a, \v 40 ɛno de, ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔawerɛwerɛw nsisii no afi hɔ na wɔatow nwerɛwerɛwee no agu baabi a ɛhɔ ntew wɔ kurow no akyi baabi. \v 41 Afei, ɔbɛhyɛ ama afasu a ɛwɔ ofi no mu no, wɔawerɛwerɛw no yiye na wɔatow nwerɛwerɛwee no agu baabi a ɛhɔ ntew wɔ kurow no akyi baabi. \v 42 Na wɔde abo foforo bi abɛhyɛ nea wɔwerɛwerɛw no anan na wɔde dɔte foforo asra ofi no ho. \p \v 43 “Na sɛ nsisii no ba bio a, \v 44 ɔsɔfo no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ ofi no ho ntew. \v 45 Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu ofi no agu. Wɔbɛtwe mmubui no mu abo, nnua ne dɔte no nyinaa afi kurow no mu de akogu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew. \p \v 46 “Obiara a obewura ofi a wɔato mu no mu no ho ntew kosi anwummere. \v 47 Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa obedidi wɔ fie hɔ no bɛhoro ne nneɛma nyinaa. \p \v 48 “Na sɛ wɔsra ofi no ho bio na ɔsɔfo no bɛhwɛ na nsisii no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka se wɔatew ofi no ho na kwata no nso kɔ. \v 49 Obedi ofi no ahodwira ho dwuma. Ɔde nnomaa abien, sida dua, asaawa kɔkɔɔ ne adwerɛ mman na ebedi saa dwuma no. \v 50 Obekum nnomaa no baako wɔ nsu pa a ɛwɔ asanka mu so, \v 51 na ɔde sida dua no ne adwerɛ mman ne hama kɔkɔɔ ne anomaa a wonkum no no anu anomaa a wɔakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete ofi no mpɛn ason. \v 52 Wɔyɛ eyi de tew ofi no ho. \v 53 Afei, obegyaa anomaa a onwui no ama watu akɔ kurow no akyi baabi. Eyi ne ɔkwan a wɔfa so de yɛ mpata de ma ofi san de dwira ho no.” \p \v 54 Eyinom ne mmara a ɛfa mmeaemmeae a kwata ba hɔ no ho. \v 55 Sɛ ɛyɛ atade mu anaa ofi mu, \v 56 anaa ɔhonam ani ahonhon, anaa ɔhyehyew mu mpumpunnya anaa ɔhonam ani baabi a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn. \v 57 Saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa ahu sɛ ɛyɛ kwata anaa ɛnyɛ kwata. \p Eyi nti na wɔhyɛɛ saa mmara yi. \c 15 \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, \v 2 “Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfo: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsen nsu no, saa nsu no yɛ fi. \v 3 Sɛ ɛkɔ so sen o, egyae o, agu ne ho fi. Fi a nsu a egu no no de bɛba ni: \p \v 4 “ ‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi. \v 5 Obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare. \v 6 Obiara a ɔbɛtena akongua a ɔbarima no atena so so ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare. \p \v 7 “ ‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no. \p \v 8 “ ‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasu agu ne so no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntama na oguare. \p \v 9 “ ‘Ɔpɔnkɔ agua biara a ɔbɛtena so no ho agu fi. \v 10 Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare. \p \v 11 “ ‘Sɛ onipa a ne ho ntew no koso obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no horo ne ntama, guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere. \p \v 12 “ ‘Sɛ saa onipa no so asanka biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asen de a, ɛsɛ sɛ wɔde nsu hohoro ho. \p \v 13 “ ‘Sɛ nʼahosen no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson fi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔhoro ne ntama na okoguare wɔ asubɔnten mu. \v 14 Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛba \nd Awurade\nd* anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔde ama ɔsɔfo no. \v 15 Ɔsɔfo no de wɔn bɛbɔ afɔre a baako yɛ bɔne ho afɔre na baako no nso yɛ ɔhyew afɔre; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no bɛyɛ mpata wɔ \nd Awurade\nd* anim ama ɔbarima no, esiane nʼahosen no nti. \p \v 16 “ ‘Sɛ ɔbarima biara ho nsu gu a, ɛsɛ sɛ oguare ne ho nyinaa, efisɛ ne ho nso ntew kosi anwummere. \v 17 Ntama anaa mpasotam biara a ho nsu no bi begu mu no, ɛsɛ sɛ wɔhoro, efisɛ ɛho ntew kosi anwummere. \v 18 Sɛ ɔbarima fa ɔbea a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbea no ne ɔbarima no nyinaa guare, efisɛ wɔn ho ntew kosi anwummere. \p \v 19 “ ‘Sɛ ɔbea kɔ afikyiri a, ne ho ntew nnanson mu. Saa bere no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho ntew kosi anwummere. \p \v 20 “ ‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa bere no mu no nso ho agu fi. \v 21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛhoro ne ntama, aguare, efisɛ onipa no ho agu fi kosi anwummere. \v 22 Sɛ obi so biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho agu fi kosi anwummere. \v 23 Sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakongua, obiara a ne ho bɛka no ho begu fi akosi anwummere. \p \v 24 “ ‘Sɛ ɔbarima ne no da saa bere yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi. \p \v 25 “ ‘Sɛ bere du sɛ ofi nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba bere a ɛnsɛ mu wɔ ɔsram no mu a, mmara koro no ara na wɔde ka ho asɛm, \v 26 na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa bere no ho agu fi te sɛ nea nʼafikyikɔ bere mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ. \v 27 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama, san guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere. \p \v 28 “ ‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na onni efi mu bio. \v 29 Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. \v 30 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de baako bɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako bɔ ɔhyew afɔre na ayɛ mpata ama ɔbea no wɔ \nd Awurade\nd* anim wɔ nʼafikyikɔ mu no ho. \p \v 31 “ ‘Saa ɔkwan yi so na sɛ Israelfo no bi ho gu fi a, mobɛfa de atew wɔn ho; anyɛ saa a, esiane sɛ wɔagu mʼAhyiae Ntamadan a esi wɔn mu no ho fi nti, wobewuwu.’ ” \p \v 32 Eyinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sen \v 33 ne ɔbea a wakɔ afikyiri ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafo wɔ bere a ne ho ntew no mu no. \c 16 \s1 Mpata Da \p \v 1 Aaron mmabarima baanu a wowuwuu wɔ \nd Awurade\nd* anim no wu akyi no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamtam no akyi; beae a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beae hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a obewu, efisɛ mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beae so no mu. \p \v 3 “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyew afɔre. \v 4 Ɛsɛ sɛ oguare na ɔhyɛ atade hanahana ne ne nhyɛase na ɔbɔ nkyekyeremu ne abotiri. \v 5 Afei, Israelfo bɛbrɛ no mmirekyi abien a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔre ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyew afɔre. \p \v 6 “Ɛsɛ sɛ Aaron de nantwi ba no bɛma \nd Awurade\nd* sɛ bɔne ho afɔre a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpata ama ne ho ne ne fifo. \v 7 Afei, ɔde mmirekyi abien no bɛba \nd Awurade\nd* anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. \v 8 Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmirekyi no so ntonto hu \nd Awurade\nd* de, ne nea ɛsɛ sɛ wɔsan de no kɔ. \v 9 Aaron de abirekyi a wɔde no rebɛbɔ \nd Awurade\nd* afɔre no bɛbɔ bɔne ho afɔre. \v 10 Wɔrenkum abirekyi baako a waka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpata ho dwumadi bi agu ne so na wɔde no akɔ sare so akogyaw no wɔ hɔ sɛ mpata guan. \p \v 11 “Aaron de nantwinini ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ne ho ne ne fifo. \v 12 Ɛsɛ sɛ ɔfa ade a wɔhyew aduhuam wɔ mu a nnyansramma a wɔfaa wɔ \nd Awurade\nd* afɔremuka no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhuam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamtam no akyi. \v 13 Ɛhɔ na ɔde aduhuam no begu ogya no so wɔ \nd Awurade\nd* anim na ayɛ wusiw kumɔnn wɔ mpata beae apam ne adaka (a abo apon a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du agu so wɔ mu) no so nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu. \v 14 Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beae hɔ apuei fam na wapete no mpɛn ason wɔ anim. \p \v 15 “Afei, ɛsɛ sɛ ofi adi na ɔde abirekyi no kɔbɔ ɔmanfo no bɔne ho afɔre na wɔde ne mogya no ba ntwamtam no akyi na wɔpete gu mpata hɔ ne anim sɛnea ɔde nantwinini ba no mogya no yɛe no ara pɛ. \v 16 Na ɛkyerɛ sɛ wayɛ mpata ama beae kronkron hɔ, efisɛ Israelfo bɔne ama efi aka beae hɔ ne Ahyiae Ntamadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no. \v 17 Sɛ Aaron wura Ahyiae Ntamadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpata adwuma no a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpata no ma ne ho ne ne fifo ne Israelfo nyinaa wie. \p \v 18 “Afei, ɔbɛkɔ afɔremuka no ho wɔ \nd Awurade\nd* anim akɔyɛ mpata ama afɔremuka no. Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyi mogya no sra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no ho. \v 19 Na ɔde ne nsateaa baako bɛpete mogya no mpɛn ason agu afɔremuka no so de atew ho afi Israelfo bɔne no ho ayɛ no kronkron. \p \v 20 “Sɛ owie mpata a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiae Ntamadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔremuka no ho a, ɔde abirekyi no bɛba anikann. \v 21 Na ɔde ne nsa abien agu aboa no apampam, na waka atirimɔden ne atuatew a Israelfo ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyi no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ sare so. \v 22 Enti abirekyi no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na nipa no agyaa no wɔ sare so hɔ. \p \v 23 “Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ bio akɔworɔw nʼatade hanahana a ɔhyɛɛ wɔ ntwamtam no akyi no na wagyaw wɔ hɔ. \v 24 Ɔbɛkɔ akoguare wɔ faako a wɔatew hɔ ho na wahyɛ ne ntade no bio na wafi adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyew afɔre asan abɔ ɔhyew afɔre ama nnipa no na wayɛ mpata ama ne ho ne wɔn. \v 25 Ɔbɛhyew srade de abɔ bɔne ho afɔre wɔ afɔremuka no so. \p \v 26 “Akyiri no, ɔbarima a ɔde abirekyi no kɔɔ sare so kogyaa no no bɛhoro ne ntama na waguare na wasan aba beae hɔ bio. \v 27 Na nantwi ba ne abirekyi a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpata no, wɔde wɔn bɛkɔ nsraban no akyi baabi akɔhyew a wɔn ho nwoma ne wɔn ayamde ka ho. \v 28 Akyiri no, onipa a ɔrebɛhyew afɔrebɔde no bɛhoro ne ntama, aguare na wasan akɔ beae hɔ bio. \p \v 29 “Eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔsram a ɛto so ason no nnafua du so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa da no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛase mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔho a wɔne Israelfo te; \v 30 efisɛ da yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 31 Ɛyɛ homeda a ɛsɛ sɛ mode home enti ɛsɛ sɛ mudi da no dinn wɔ ahobrɛase mu. Ɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa. \v 32 Saa ahyɛde yi, Ɔsɔfopanyin a wɔasra no no a obesi ne nena Aaron anan na obedi ho dwuma wɔ beae hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyɛ atade kronkron hanahana no \v 33 na ɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ, wɔ afɔremuka no so de ma asɔfo no ne nnipa no. \p \v 34 “Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfo bɔne nti, moagyina so afe biara de ayɛ mpata ama Israelfo afi wɔn bɔne nyinaa mu.” \p Na Mose dii mmara a \nd Awurade\nd* hyɛ maa no no nyinaa so. \c 17 \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Hyɛ saa mmara a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfo no nyinaa. \v 3 Israelni biara a ɔde nantwi, oguamma anaa abirekyi bɛbɔ afɔre wɔ nsraban mu anaa akyi no, \v 4 a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiae Ntamadan no ano hɔ de no ma \nd Awurade\nd* sɛ afɔrebɔde wɔ \nd Awurade\nd* Ahyiae Ntamadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ne manfo mu. \v 5 Saa mmara yi bɛbra Israelfo no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔre wɔ wuram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔde no abrɛ ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea ɔsɔfo no betumi de ama \nd Awurade\nd* sɛ asomdwoe afɔrebɔde. \v 6 Sɛ wɔfa saa kwan no so a, ɔsɔfo no betumi apete mogya agu \nd Awurade\nd* afɔremuka no so wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na wɔahyew srade no sɛ ohuam ama \nd Awurade\nd* ani asɔ. \v 7 Na ama ɔmanfo agyae afɔre a wɔbɔ ma ahonhommɔne wɔ wuram no. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo fi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so. \p \v 8 “Miti mu sɛ, ‘Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Sɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔne mo te no de ɔhyew afɔrebɔde no anaa afɔrebɔ no ba, \v 9 na sɛ wamfa amma Ahyiae Ntamadan no kwan ano amfa amma \nd Awurade\nd* a, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔmanfo no mu. \p \v 10 “ ‘Na mɛdan mʼani atia obiara a obedi mogya wɔ ɔkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo mu. \v 11 Efisɛ ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu, na mama mo mogya sɛ momfa mpete afɔremuka no so sɛ mpatade mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu nti na wɔde yɛ mpatade ma onipa kra. \v 12 Ɛno nti, mereka akyerɛ Israelfo se, “Wɔn anaa ahɔho a wɔte wɔn mu no nni mogya.” \p \v 13 “ ‘Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɛ na obekum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔn ne mogya na ɔmfa mfutuma nkata so, \v 14 efisɛ aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno nti na meka kyerɛɛ Israelfo se wonnni mogya no, efisɛ nnomaa anaa aboa biara nkwa yɛ ne mogya. Enti obiara a odi mogya no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu. \p \v 15 “ ‘Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awu anaasɛ akekaboa bi na okum no no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere; ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka se ne ho atew. \v 16 Na sɛ wanhoro ne ntama anguare a, wɔne no bedi no sɛnea mmara no se.’ ” \c 18 \s1 Mogyafra Yɛ Mmarato \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, \v 2 ‘Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn, \v 3 enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfo. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ faako a mede mo rekɔ no. Munnsuasua wɔn. \v 4 Me mmara ne mʼahyɛde ara so na ɛsɛ sɛ mudi; na ɛsɛ sɛ mudi so pɛpɛɛpɛ, efisɛ mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn. \v 5 Sɛ mudi so a, mubenya nkwa. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 6 “ ‘Mo mu biara nni ho kwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 7 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbabea ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne na. \p \v 8 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wʼagya yerenom mu bi da; ebebu wʼagya animtiaa. \p \v 9 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nuabea anaa wʼagya babea anaa wo na babea da, sɛ wɔwoo no ofi no mu anaa ofi foforo mu. \p \v 10 “ ‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nenabea, sɛ ɔyɛ mo babarima babea anaa mo babea babea, efisɛ ebebu mo animtiaa. \p \v 11 “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabea a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babea. \p \v 12 “ ‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabea, efisɛ ɔyɛ wʼagya busuani pɛɛ. \p \v 13 “ ‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo na a ɔyɛ wo na nuabea, efisɛ, ɔyɛ wo na busuani pɛɛ. \p \v 14 “ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wunni ho kwan sɛ woware no. \p \v 15 “ ‘Wunni ho kwan sɛ woware wo babarima yere, efisɛ ɔyɛ wʼase. \p \v 16 “ ‘Saa ara nso na wuntumi nnware wo nuabarima yere, efisɛ ɔyɛ wo nuabarima dea. \p \v 17 “ ‘Worentumi nware ɔbea bi nsan nware ne babea anaa ne nenabea nka ho, efisɛ wɔn nyinaa yɛ abusuafo pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso. \p \v 18 “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware nuabeanom baanu sɛ akorafo, bere a wo yere te ase. \p \v 19 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbea a ɔwɔ afikyirikɔ mu. \p \v 20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu mo ho fi. \p \v 21 “ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek mma ɔmmfa no mmɔ afɔre wɔ nʼafɔremuka so. Ngu wo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene \nd Awurade\nd*. \p \v 22 “ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwade kɛse na ɛyɛ bɔne a ɛso nso. \p \v 23 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbea de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwade kɛse. \p \v 24 “ ‘Munngu mo ho fi wɔ saa akwan ahorow yi biara so na eyinom ne nea abosonsomfo yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa nti, merebeyi wɔn afi asase a morekɔ so no so. \v 25 Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno nti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mayi wɔn afi asase no so. \v 26 Ɛsɛ sɛ mudi me mmara ne mʼahyɛde no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwade yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔho a wɔne mo te nyinaa bi. \v 27 Ampa ara, efisɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwade yi nti, asase no ho agu fi. \v 28 Monnyɛ saa ade no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afi asase no so sɛnea mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ mprempren no. \p \v 29 “ ‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwade yi mu bi no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔman no mu. \v 30 Enti monhwɛ sɛ mubedi me mmara no so na monnyɛ saa abusude kɛse yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn.’ ” \c 19 \s1 Abrabɔ Kronkron \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me \nd Awurade\nd* a meyɛ mo Nyankopɔn no, meyɛ kronkron. \p \v 3 “ ‘Ɛsɛ sɛ mode nidi ma mo nanom ne mo agyanom na mudi me homeda mmara no so, efisɛ meyɛ \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn. \p \v 4 “ ‘Monnsom ohoni, anaa monnyɛ nnade anyame bi mma mo ho. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn. \p \v 5 “ ‘Sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma \nd Awurade\nd* a momfa ɔkwan pa so mmɔ na asɔ \nd Awurade\nd* ani. \v 6 Da a mobɛbɔ saa afɔre no, munni no da no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ mudi no adekyee. Monhyew nea ebedi nnansa no. \v 7 Na nea mubedi no nnansa so no yɛ akyiwade ma me, enti mɛpo. \v 8 Sɛ mudi no nnansa so a, mudi ho fɔ na moagu \nd Awurade\nd* kronkronyɛ nso ho fi, na wobetwa mo asu afi \nd Awurade\nd* nkurɔfo mu. \p \v 9 “ ‘Sɛ mutwa mo nnɔbae a, munntwa nnɔbae a ɛwɔ mo mfuw nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ebegu fam no nso, monntase. \v 10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ motew ne nyinaa. Na nea ɛbɛtew agu ase no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne akwantufo a wɔbɛfa hɔ no na mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn. \p \v 11 “ ‘Mommmɔ korɔn. \p “ ‘Munntwa atoro. \p “ ‘Na munnsisi obiara. \p \v 12 “ ‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene \nd Awurade\nd*. \p \v 13 “ ‘Nwia wo yɔnko na munnsisi obi. \p “ ‘Na mo apaafo nso, muntua wɔn ka ntɛm. Na sɛ ɛka bi bɛtɔ mo ne wɔn ntam a, mommma ade nkye so. \p \v 14 “ ‘Monnnome ɔsotifo na munntwintwan onifuraefo akwan mu. Munsuro mo Nyankopɔn; Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 15 “ ‘Ɛsɛ sɛ bere biara atemmufo bu atɛntrenee a wɔnhwɛ sɛ nea worebu no atɛn no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmu yɛ pɛpɛɛpɛ. \p \v 16 “ ‘Munnni nseku. \p “ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene \nd Awurade\nd*. \p \v 17 “ ‘Ntan wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefo mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wudi ho fɔ saa ara. \p \v 18 “ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔw; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene \nd Awurade\nd*. \p \v 19 “ ‘Munni me mmara so. \p “ ‘Mma wo nantwi mforo aboa foforo bi. \p “ ‘Nnua afifide a egu ahorow abien wɔ wʼafuw mu. \p “ ‘Nhyɛ atade a wɔde atam ahorow abien na anwen. \p \v 20 “ ‘Sɛ obi ne afenaa bi a obi asi no asiwa da a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn asɛm wɔ asennii nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ afenaa no nne ho. \v 21 Ɔbarima no na ɔde nʼafɔdi afɔrebɔde bɛbrɛ \nd Awurade\nd* wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ odwennini. \v 22 Ɔsɔfo no de odwennini no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛe no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no. \p \v 23 “ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kodua nnuaba ahorow pii a, nnɔbaetwa abiɛsa a edi kan no, munnni, efisɛ wobu no sɛ ɛho agu fi. \v 24 Na ne mfe anan so no, momfa aba no nyinaa mma \nd Awurade\nd* mfa nkamfo no. \v 25 Na ne mfe anum so no, aba no yɛ mo dea. Eyi bɛma mo nnɔbae so ato. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn. \p \v 26 “ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya no nam. \p “ ‘Mommfa mo ho nkɔ asumansɛm anaa abayisɛm mu. \p \v 27 “ ‘Ɛnsɛ sɛ mutwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so. \p \v 28 “ ‘Munntwitwa mo honam mma awufo anaa monnyɛ agyiraehyɛde ahorow wɔ mo ho. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 29 “ ‘Mma wo babea nkɔbɔ aguaman mfa ngu ne ho fi na asase no annan abɔnefo ne nguamanfo asase. \p \v 30 “ ‘Munni me homeda mmara no so na munni me kronkronbea no ni, efisɛ mene \nd Awurade\nd*. \p \v 31 “ ‘Monnkɔ asuman anaa ahonhom nkyɛn abisa mmfa ngu mo ho fi, na mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn. \p \v 32 “ ‘Momfa obu ne nidi mma mpanyimfo wɔ Onyamesuro mu. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 33 “ ‘Sɛ ɔhɔho bɛtena mo mu a munnsisi no. \v 34 Mummu wɔn sɛnea mubu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn. \p \v 35 “ ‘Mommfa atoro nsusuwde nsusuw, nkari anaa nkan mo biribiara. \v 36 Momfa nokware nsania, nkaribo ne asusuwde a eye. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim bae no. \p \v 37 “ ‘Munni me mmaransɛm ne mʼahyɛde no nyinaa so, na mene \nd Awurade\nd*.’ ” \c 20 \s1 Bɔne So Asotwe \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, \v 2 ‘Obiara a ofi mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ wosiw no abo. \v 3 Na mʼankasa metia saa onipa no na mayi no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ ɔde ne ba ama Molek ama wagu me kronkronbea ne me din kronkron no ho fi. \v 4 Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wonnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔre ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa metia \v 5 ɔbarima no ne ne fifo na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforo so no nyinaa afi wɔn nkurɔfo mu. \p \v 6 “ ‘Metia obiara a ɔkɔ asuman ne ahonhom nkyɛn okodi wɔn akyi aguaman so, na matwa saa onipa no afi ne nkurɔfo mu. \p \v 7 “ ‘Enti montew mo ho na monyɛ kronkron na mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn. \v 8 Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so, efisɛ mene \nd Awurade\nd* a meyɛ mo kronkron no. \p \v 9 “ ‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne na no, ɛsɛ sɛ wokum no, efisɛ wadome ne na ne nʼagya, ne mogya begu nʼatifi. \p \v 10 “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa wɔabɔ aguaman. \p \v 11 “ ‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no ne ɔbea no, wɔn mogya begu wɔn atifi. \p \v 12 “ ‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wokum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi; wɔn mogya begu wɔn atifi. \p \v 13 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wonkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi. \p \v 14 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbea bi na ɔsan kɔfa ɔbea no na ka ho a, ɛyɛ atiwuisɛm. Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumɔyɛsɛm no afi mo mu. \p \v 15 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima no na wokum aboa no nso. \p \v 16 “ ‘Sɛ ɔbea nso ma aboa fa no a, munkum ɔbea no ne aboa no nyinaa; wɔn mogya begu wɔn ankasa atifi. \p \v 17 “ ‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabea da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babea o, sɛ nso ɛyɛ ne na babea o, ɛyɛ animguasesɛm, wobegyina bagua mu ayi wɔn afi wɔn nkurɔfo mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdi. \p \v 18 “ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbea a wabu ne nsa a, ɛsɛ sɛ woyi wɔn fi wɔn nkurɔfo mu, efisɛ ɔbarima no ada ɔbea no adagyaw adi. \p \v 19 “ ‘Sɛ obi ne nʼagya nuabea da a, ɛyɛ akyiwade. Saa ara nso na ɔne ne na nuabea da a, ɛyɛ akyiwade ara ne no, efisɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Wɔn baanu nyinaa bɛsoa wɔn afɔdi. \p \v 20 “ ‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa ade a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotwe ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔrenwo ba. \p \v 21 “ ‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afide, efisɛ wafa ne nua ade na wɔn nyinaa renwo ba. \p \v 22 “ ‘Ɛsɛ sɛ mudi me mmara nyinaa so na mampam mo amfi mo asase foforo yi so. \v 23 Munnni ɔman no amanne a maka no mo anim sɛ enye no akyi, efisɛ nneɛma a wɔyɛ a enye no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dedaw. Ɛno nti na mikyi saa aman no. \v 24 Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn a mama mo ada nsow wɔ aman a aka no nyinaa mu. \p \v 25 “ ‘Ɛsɛ sɛ mo nso muhu nnomaa ne mmoa a mama mo ho kwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonoe. Ɛwɔ mu sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so de, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuw. \v 26 Mobɛyɛ kronkron ama me, efisɛ me \nd Awurade\nd*, meyɛ kronkron na mayi mo afi nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me de. \p \v 27 “ ‘Ɔbarima anaa ɔbea a ɔyɛ samanfrɛfo anaasɛ osumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mukum no. Ɛsɛ sɛ musiw no abo; ne mogya begu nʼankasa atifi.’ ” \c 21 \s1 Asɔfodi Ho Mmara \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron mma asɔfo no se, ‘wonnso funu mu mfa ngu wɔn ho fi. \v 2 Sɛ wobeso funu mu a, na ɛyɛ wɔn fini, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabea, onuabarima \v 3 anaa onuabea a ɔyɛ ɔbabun a onni kunu na ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfo no. \v 4 Ɛnsɛ sɛ ɔware ne busuani bi na ɔfa so gu ne ho fi. \p \v 5 “ ‘Asɔfo no nni ho kwan sɛ wɔbɔ tikwaw, yi wɔn abogyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho. \v 6 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wogu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduan afɔre ama \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn. \p \v 7 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo ware oguamanfo anaa ɔbea bi a ofi ɔman foforo so. Onni ho kwan sɛ ɔware ɔbea bi a wagyae aware, efisɛ ɔsɔfo yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn. \v 8 Wɔayi ɔsɔfo no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Nyankopɔn afɔre; ɔyɛ kronkron na me \nd Awurade\nd* a metew mo ho ma moyɛ kronkron no nso meyɛ kronkron. \p \v 9 “ ‘Ɔsɔfo babea biara a ɔbɛbɔ aguaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no. \p \v 10 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanyin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atade sononko no gyaa ne tinwi a onni no ni anaasɛ ebetwa ne ntama mu. \v 11 Onni ho kwan sɛ ɔkɔ beae a funu da hɔ; nʼagya anaa ne na funu koraa, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ho na ɔde agu ne ho fi \v 12 anaa nso sɛ ogu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ ofi adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa me kronkronbea no sɛ ofi bi kɛkɛ, efisɛ ne Nyankopɔn ngo a wɔde tew ne ho no da so wɔ ne so. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 13 “ ‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbabun. \v 14 Ɛnsɛ se ɔware okunafo anaa ɔbea bi a wagyae aware anaa oguamanfo. Ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔbɛware no no yɛ ɔbabun a ofi ne man mu, \v 15 sɛnea ɛbɛyɛ a ongu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfo mu. Mene \nd Awurade\nd* a metew ne ho no.’ ” \p \v 16 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 17 “Ka kyerɛ Aaron se, efi awo ntoatoaso a ɛbɛba no so rekɔ no, wʼaseni biara a wadi dɛm no nni ho kwan sɛ ɔbɔ Onyankopɔn afɔre. \v 18 Obi a wadi dɛm mmɛn me: onifuraefo anaa apakye anaa nea ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ; \v 19 obi a ɔyɛ abasin anaa nansin, \v 20 anaa nea ɔyɛ afu anaa akwatia anaa nea nʼani nye anaa nea kuru atutu no anaa nea ɔyɛ twow. \v 21 Ɔsɔfo Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyew afɔre mma \nd Awurade\nd*. Wadi dɛm, ɛno nti ɛnsɛ sɛ otwiw bɛn sɛ ɔde ne Nyankopɔn aduan rebrɛ no. \v 22 Nanso sɛ wɔbɔ afɔre no wie a, ɔsɔfo no tumi ma no Onyankopɔn afɔre no aduan no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔre kronkron. \v 23 Nanso ne dɛm no nti, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamtam no akyi anaa ɔbɛn afɔremuka no. Eyi begu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ \nd Awurade\nd* na watew hɔ ho.” \p \v 24 Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa. \c 22 \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima se wɔmfa nidi mma afɔrebɔde kronkron a Israelfo atew ho ama me no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu me din ho fi. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 3 “Efi nnɛ rekɔ, sɛ ɔsɔfo biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛde biara a nnipa no de aba sɛ wɔmfa mmɔ afɔre mma \nd Awurade\nd* a, wɔbɛworɔw nʼatade. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 4 “Ɔsɔfo biara a ɔwɔ ɔhonam ani nsanyare biara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi, gye sɛ wɔasa no yare ama ne ho afi ansa. Ɔsɔfo biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosian nti ne ho begu fi no, \v 5 anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwade bi anaa obi a biribi nti, wɔagu ne ho fi no, \v 6 saa ɔsɔfo no ho begu fi akosi anwummere. Ɔrenni afɔrebɔde a wɔatew ho no bi kosi anwummere a obeguare. \v 7 Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛtew na ɛno akyi no obetumi adi afɔrebɔde kronkron no bi, efisɛ ɛyɛ nʼaduan. \v 8 Ɛnsɛ sɛ odi aboa funu anaa nea akekaboa bi atetew ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 9 “Bɔ asɔfo no kɔkɔ na wonni saa mmara yi so yiye, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu sɛ wɔabu saa mmara yi so nti. Mene \nd Awurade\nd* a matew wɔn ho. \p \v 10 “Obiara nni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi gye sɛ ɔyɛ ɔsɔfo. Ɔhɔho a wabɛsra ɔsɔfo no nni ho kwan sɛ odi bi. Na saa ara nso na ɔsomfo a wotua no ka nni ho kwan sɛ odi bi. \v 11 Nanso sɛ ɛba sɛ ɔsɔfo no de ɔno ara ne sika tɔ akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn wɔ fie hɔ no wɔ ho kwan sɛ wodi bi. \v 12 Sɛ ɔsɔfo babea kɔware fi abusuakuw no akyi baabi a, onni ho kwan sɛ odi afɔrebɔde kronkron no bi. \v 13 Na sɛ ɔyɛ okunafo anaa obi a wɔagyaa no aware na onni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno nti ɔsan ba nʼagya nkyɛn a, otumi di nʼagya aduan no bi bio. Eyinom akyi no, asɔfo no abusuafo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wodi afɔrebɔde kronkron no. \p \v 14 “Sɛ obi anhu na okodi saa afɔrebɔde kronkron no bi a, ɛsɛ sɛ otua ho ka na ɔsan bɔ ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho. \v 15 Afɔrebɔde kronkron a Israelfo de aba no, ɛnsɛ sɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan sɛ wonni bi no di bi, efisɛ \nd Awurade\nd* na ɔde saa afɔrebɔde yi nyinaa abrɛ no. \v 16 Na obiara a obebu saa mmara yi so no di ho fɔ, na asɛm da ne so, efisɛ wadi afɔrebɔde kronkron. Na mene \nd Awurade\nd* a metew afɔrebɔde nyinaa ho.” \p \v 17 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa se, ‘Sɛ Israelni anaa obi a ɔne mo te bɔ ɔhyew afɔre ma \nd Awurade\nd* a, sɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛyɛ bɔhyɛ bi nti anaa ɔno ara ne pɛ mu na ɔrebɔ no, \v 19 sɛ afɔrebɔde no yɛ aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwi ba anaa oguan anaa abirekyi no, \nd Awurade\nd* begye. \v 20 Ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara a ɛho tɔ kyima bɔ afɔre, efisɛ wɔrennye wɔ wo din mu. \v 21 Obiara a ofi nʼanantwi anaa ne nguan mu sɛ ɔrebɔ asomdwoe afɔre ama \nd Awurade\nd* no, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne pɛ mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔre no na ama wɔagye. \v 22 Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa kuru anaa nwewee wɔ ne ho, anaa were ani yare ayɛ no no, ɛnsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔre ma \nd Awurade\nd*. Ɔmfata sɛ wɔde no ba afɔremuka so bɛbɔ afɔre ama \nd Awurade\nd*. \v 23 Sɛ biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin wɔ nantwi ba anaa oguan ba a wɔde no rebrɛ \nd Awurade\nd* no ho a, ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ ɔpɛ mu afɔre na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔre. \v 24 Ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a wɔasa no bɔ \nd Awurade\nd* afɔre. Monnyɛ eyi wɔ mo ankasa asase so, \v 25 na munnye saa mmoa no mmfi ahɔho a wɔfra mo mu hɔ mmfa mmɔ aduan afɔre mma mo Nyankopɔn. Wɔrennye, efisɛ wɔtɔ kyima na wɔadi dɛm.’ ” \p \v 26 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 27 “Sɛ wɔwo nantwi, oguan anaa abirekyi ba a, ɛsɛ sɛ aboa no tena ne na nkyɛn nnanson. Na efi nnaawɔtwe rekɔ no, sɛ wɔde no bɔ ogya afɔre a, \nd Awurade\nd* begye. \v 28 Munnkum aboa bi ne ne ba da koro, sɛ ɔyɛ nantwi anaa oguan. \p \v 29 “Sɛ morebɔ aseda afɔre ama \nd Awurade\nd* a, ɛsɛ sɛ mofa ɔkwan pa so na wɔagye wɔ mo din mu. \v 30 Ɛsɛ sɛ, mowe aboa a wɔde no bɔɔ afɔre no nam da no ara a wokum no no. Mommma ade nkye bi so. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 31 “Munni me mmaransɛm nyinaa so na mene \nd Awurade\nd*. \v 32 Ɛnsɛ sɛ mugu me din kronkron no ho fi. Munni me ni na mene \nd Awurade\nd*, a meyɛ mo kronkron \v 33 na me na mede mo fii Misraim bae sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn. Mene \nd Awurade\nd*.” \c 23 \s1 Afahyɛ Ahorow \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Ma Israelfo nte sɛ, ‘Eyinom ne mʼafahyɛ ahorow a mahyehyɛ, \nd Awurade\nd* afahyɛ ahorow no a ɛsɛ sɛ mudi no sɛ nhyiamu kronkron. \s2 Homeda No \p \v 3 “ ‘Mowɔ nnansia a mode yɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ Homeda a mode home, da a moyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara wɔ faako a mote. Ɛyɛ Homeda ma \nd Awurade\nd*. \s2 Twam Afahyɛ Ne Apiti Afahyɛ \p \v 4 “ ‘Eyinom ne \nd Awurade\nd* aponto, nhyiamu kronkron a ɛsɛ sɛ mobɔ bere a wɔahyɛ no ho dawuru: \v 5 Wofi \nd Awurade\nd* Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔsram a edi kan no da ɛto so dunan no anwummere. \v 6 \nd Awurade\nd* Apiti Afahyɛ nso, wofi ase saa ɔsram no da a ɛto so dunum; na mubedi apiti nnanson. \v 7 Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. \v 8 Nnanson no mu no, mommɔ ɔhyew afɔre mma \nd Awurade\nd* da biara. Na da a ɛto so ason no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron a obiara renyɛ adwuma.’ ” \s2 Nnɔbae A Edi Kan \p \v 9 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 10 “Kasa kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mudu asase a mede bɛma mo no so na mutwa mo nnɔbae a, momfa nnɔbae afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfo. \v 11 Obehim no wɔ \nd Awurade\nd* anim de akyerɛ sɛ ɔde rema no na Awurade begye sɛ mo akyɛde. \v 12 Da no ara, mode odwennini a wadi afe a onnii dɛm bɛbɔ \nd Awurade\nd* ɔhyew afɔre, \v 13 ne nʼaduan afɔrebɔde a ɛyɛ esiam kilogram abiɛsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre a eyi hua dɛdɛ ma \nd Awurade\nd*. Wɔde nsa lita anan ne fa afɔrebɔde bɛka ho. \v 14 Ɛnsɛ sɛ mudi brodo biara, sɛ ɛyɛ aduan a wɔato anaa ɛyɛ foforo, kosi da a mode saa afɔrebɔde yi bɛbrɛ mo Nyankopɔn. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena. \s2 Nnaawɔtwe Nnaawɔtwe Afahyɛ \p \v 15 “ ‘Homeda no akyi da a edi kan a wɔmaa atoko afiafi mu baako so him no \nd Awurade\nd* anim sɛ afɔrebɔde no, mubefi ase abubu nnaawɔtwe ason. \v 16 Monkan adaduonum a ekosi homeda a ɛto so ason no akyi da koro na momfa atoko foforo mmɛbɔ afɔre mma \nd Awurade\nd*. \v 17 Eyi bɛyɛ brodo abien a mode befi mo afi mu bɛba. Na wobehim no wɔ \nd Awurade\nd* anim sɛ afɔrebɔ no. Momfa asikresiam lita anan a wɔde mmɔkaw afra nto saa brodo yi. Ɛyɛ mo aduan a edi kan afɔrebɔde a mode rema Awurade. \v 18 Mode brodo ne nsa bɛka nguamma ason a wɔadi afe a dɛm biara nni wɔn ho ne nantwi ba baako ne adwennini abien ho abɔ ɔhyew afɔre ama \nd Awurade\nd*. Eyinom nyinaa yɛ ogya afɔrebɔde a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani yiye. \v 19 Mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne afɔre. Na mode nguantenmma abien a wɔn mu biara adi afe no abɔ asomdwoe afɔre. \v 20 Asɔfo no behim saa afɔrebɔde yi ne brodo abien a esi mo nnɔbae a edi akyi no anan mu no wɔ \nd Awurade\nd* anim. Ɛyɛ kronkron ma \nd Awurade\nd* na wɔde bɛma asɔfo no sɛ wɔn aduan. \v 21 Da no, ɛsɛ sɛ mobɔ nhyiamu kronkron no ho dawuru, na monnyɛ adwuma biara. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena. \p \v 22 “ ‘Sɛ mutwa mo mfuw mu nnɔbae a, munntwa ntu nnɔbae no ase, na nea aporow agu fam no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne ahɔho a wɔte mo mu a wonni asase bi a wodidi so no. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn!’ ” \s2 Torobɛnto Afahyɛ \p \v 23 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 24 “Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ mohome da no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn torobɛnto denneennen de kae. \v 25 Saa da no, obiara nni ho kwan sɛ ɔyɛ adwuma, na mmom, mommɔ ogya so afɔre mma \nd Awurade\nd*.’ ” \s2 Mpata Da \p \v 26 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 27 “Saa ɔsram a ɛto so ason yi da a ɛto so du ne Mpata Da no. Monyɛ nhyiamu kronkron, munni abuada na mommɔ ogya so afɔre mma \nd Awurade\nd* \v 28 Monnyɛ adwuma biara saa da no, efisɛ ɛyɛ Mpata Da, bere a wɔpata ma mo wɔ \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn anim. \v 29 Obiara a wanni da no ahonu ne awerɛhow so wɔ ne bɔne ho no, wobeyi no afi ne nkurɔfo mu. \v 30 Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no mɛsɛe no. \v 31 Monnyɛ adwuma biara koraa. Eyi bɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena. \v 32 Ɛyɛ Homeda a wɔde home ma mo. Ɛsɛ sɛ mobrɛ mo kra ase. Efi da a ɛto so akron kosi da a ɛto so du no anwummere no, ɛsɛ sɛ mudi mo Homeda.” \s2 Asese Afahyɛ \p \v 33 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 34 “Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, wɔnhyɛ \nd Awurade\nd* Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ebedi. \v 35 Da a edi kan no yɛ nhyiamu kronkron da; monnyɛ adwuma biara. \v 36 Da biara wɔ nnanson no mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔre ma \nd Awurade\nd*. Da a ɛto so awotwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔre ama \nd Awurade\nd*. Ɛyɛ nhyiamu a etwa to. Monnyɛ adwuma biara. \p \v 37 “ ‘Eyinom ne afahyɛ ahorow a \nd Awurade\nd* ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuru sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔde a wɔhyew no ogya so ma \nd Awurade\nd* no ba: ɔhyew afɔre ne aduan afɔre, afɔrebɔde ahorow ne nsa afɔrebɔde a ɛho hia da biara. \v 38 Munni saa afahyɛ yi nka \nd Awurade\nd* Homeda no ho. Na mode saa afɔrebɔde nso bɛka mo ankasa ayɛyɛde, bɔ a moahyɛ ne nea mufi mo pɛ mu de ma \nd Awurade\nd* ho. \p \v 39 “ ‘Enti efi ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no a moatwa asase no so nnɔbae no, momfa nnanson nni afahyɛ mma \nd Awurade\nd*. Da a edi kan ne nea ɛto so awotwe yɛ ahomegyenna. \v 40 Da a edi kan no, muntwitwa nnuaba mman a aba wɔ so, ne mmerɛnkɛnsono ne mman a nhaban wɔ so na momfa mmɔ asese na momma mo ani nnye wɔ mo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn anim nnanson. \v 41 Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidi mmara yi tena hɔ daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. \v 42 Saa nnanson no mu no, mo a moyɛ Israelfo mma no, ɛsɛ sɛ motena asese no ase. \v 43 Nkyerɛase a ɛwɔ mu ara ne sɛ, ɛkae Israelfo no fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so sɛ, me na migyee mo fii Misraim ma mobɛtenaa asese ase. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn.’ ” \p \v 44 Eyinom ne \nd Awurade\nd* afahyɛ ahorow a wahyehyɛ a Mose ka kyerɛɛ Israelfo no. Enti Mose kyerɛɛ afahyɛ ahorow a Israelfo no bedi ama \nd Awurade\nd*. \c 24 \s1 Ngo Ne Brodo Kronkron \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Ka kyerɛ Israelfo na wɔmmrɛ wo ngo kronkron na fa sɔ kanea sɛnea ɛrennum da. \v 3 Wɔ kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a esi ntwamtam a etwa kronkron mu kronkron no akyi no. Efi anwummere kosi anɔpa biara, Aaron bɛhwɛ akanea a ɛwɔ \nd Awurade\nd* anim no so. Eyi bɛyɛ ayɛde a ɛbɛtena hɔ daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. \v 4 Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ akanea a esisi sikakɔkɔɔ kaneadua so wɔ \nd Awurade\nd* anim no so bere biara. \p \v 5 “Momfa asikresiam muhumuhu nto brodo amuamu dumien a mua biara mode esiam lita anan ne fa na ɛbɛto. \v 6 Monhyehyɛ no ntaataaso abien, a asia wɔ ntaataaso baako biara mu wɔ sikakɔkɔɔ kann pon no so wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 7 Mode aduhuam pa begu kyerɛpɛn biara ho de asi brodo no anan mu ayɛ afɔrebɔde a wɔhyew wɔ ogya so ma \nd Awurade\nd*. \v 8 Ɛsɛ sɛ wɔde saa brodo yi sisi \nd Awurade\nd* anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a enni awiei ama Israelfo. \v 9 Brodo yi yɛ Aaron ne ne mmabarima de, na ɛsɛ sɛ wodi wɔ kronkronbea hɔ, efisɛ ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde a wɔhyew ma \nd Awurade\nd* no mu.” \s1 Wosiw Obusuyɛfo Bi Abo \p \v 10 Da bi, aberante bi a ne na yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfo no baako nyaa ntɔkwaw wɔ wɔn atenae. \v 11 Ntɔkwaw no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wommu no atɛn. Na ne na din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ofi Dan abusua mu no babea. \v 12 Wɔde no too afiase twɛn \nd Awurade\nd* akwankyerɛ. \p \v 13 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 14 “Fa obusuyɛni no fi atenae ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsiw no abo nkum no. \v 15 Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ onya ho asotwe: \v 16 obiara a ogu \nd Awurade\nd* din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ dɔm no nyinaa siw no abo. Ɔhɔho anaa Israelni biara a obegu \nd Awurade\nd* din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no. \p \v 17 “ ‘Obiara a okum ne yɔnko nipa no, ɛsɛ sɛ wokum no. \v 18 Obiara a okum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu. \v 19 Sɛ obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bepira no bi saa ara. \v 20 Dompe mu bu nsi dompe mu bu anan mu; ani nsi ani anan mu; ɛse nsi ɛse anan mu. Sɛnea obi pira ɔfoforo, no saa ara na wompira ɔno nso. \v 21 Obiara a obekum aboa bi no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu; nanso sɛ obi kum onipa a, ɛsɛ sɛ wokum no bi. \v 22 Mmara koro no ara wɔ hɔ ma ɔhɔho ne kuroni. Mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn.’ ” \p \v 23 Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no, na woyii obusuyɛni no fii atenae hɔ kosiw no abo. Israelfo no yɛɛ sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose no. \c 25 \s1 Homeda Afe \p \v 1 Mose wɔ Sinai Bepɔw so no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, \v 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mudu asase a mede rebɛma mo no so a, mfe ason biara, momma asase no nya \nd Awurade\nd* mu homeda. \v 3 Momfa mfe asia nnua mo nnɔbae wɔ mo mfuw mu na munyiyi mo bobe nturo mu na muntwa mo nnɔbae. \v 4 Na mfe ason so no, asase no nna hɔ kwa wɔ Awurade anim. Monnyɛ so hwee. Munnnua so aba. Afe no nyinaa mu, munnyiyi mo bobe nturo no mu. \v 5 Na aba biara a ebefifi no, monntew mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Efisɛ ɛyɛ afe a ɛsɛ sɛ asase no home. \v 6 Nanso aba biara a asase no bɛma saa afe no bɛyɛ aduan ama wo ne wʼakoa, wʼafenaa, wo paani ne wo hɔho, \v 7 wo nyɛmmoa ne wuram mmoa a ɛwɔ asase no so nyinaa. Munni biribiara a asase no bɛma biara. \s1 Mfirihyia Aduonum Afahyɛ \p \v 8 “ ‘Bubu Homeda mfe ason, mfe ason ahorow ason, na wubenya mfe aduanan akron. \v 9 Afei, ɔsram a ɛto so ason no da du no yɛ Mpata Da. Monhyɛn torobɛnto wɔ baabiara. Mpata Da no, monhyɛn torobɛnto no denneennen nkyɛ wɔ ɔman no mu baabiara. \v 10 Montew mfe aduonum no ho na mompae ahofadi mma wɔn a wɔtete asase no so mmaa nyinaa. Ɛbɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ ama mo, na mo mu biara bɛsan akɔ asase a wɔde ama mo agyanom no so, na moakɔka mo abusuafo ho. \v 11 Mfe aduonum so no bɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ ama mo; munnnua biribiara na munntwa nnɔbae biara, na bobe a moadua nso, monntew so aba. \v 12 Efisɛ ɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ sononko na ɛho tew. Munni nea munya fi asase no mu nko ara. \p \v 13 “ ‘Saa mfirihyia aduonum afahyɛ yi, obiara bɛkɔ asase a wɔde maa nʼagyanom no so. \p \v 14 “ ‘Sɛ wo ne wo yɔnko yɛ nhyehyɛe a wonam so retɔ anaa woretɔn agyapade bi a, ɛnsɛ sɛ obi sisi ne yɔnko. \v 15 Sɛ woretɔ asase afi wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfe dodow no so fa afi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a etwaa mu no. Ɔdetɔnfo no begye wo bo a egyina mfe dodow a aka ansa na mfirihyia aduonum afahyɛ a ɛreba no. \v 16 Mfe no dodow na ɛma ɛbo no kɔ soro. Saa ara nso na mfe kakra bi ma ɛbo no kɔ fam. Eyinom nyinaa mu no, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodow a wobetwa afi asase no so. \v 17 Munsuro mo Nyankopɔn na obi ansisi ne yɔnko. Na mene \nd Awurade\nd*. \p \v 18 “ ‘Sɛ mopɛ sɛ motena asase no so asomdwoe mu de a, munni me mmara so. \v 19 Sɛ moyɛ osetie a, aduan bebu so wɔ asase no so na moadi amee wɔ asomdwoe mu. \v 20 Mubebisa se, “Na sɛ wose yennnua anaa yenntwa saa afe no so a, dɛn na yebedi wɔ mfe ason no so no?” \v 21 Mmuae ara ne sɛ, mfe asia no so, mehyira mo ama nnɔbae aba abu so kosi sɛ mubetwa mfe awotwe mu nnɔbae no. \v 22 Sɛ mudua nnɔbae wɔ mfe awotwe no mu a, mobɛkɔ so adi afe a etwaa mu no mu nnuan. Nokware, nnuan dedaw no na mubedi akosi sɛ otwabere bedu so mfe akron no mu. \p \v 23 “ ‘Na monkae sɛ asase no yɛ me dea enti munni ho kwan sɛ motɔn no afebɔɔ. Moyɛ ahɔho na meyɛ asase wura ma mo. \v 24 Asasetɔn mu no, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe sɛ asasetɔnfo no tumi san begye asase no bere biara. \p \v 25 “ ‘Sɛ ohia hia obi ma ɔtɔn nʼasase fa bi a, nʼabusuafo tumi begye. \v 26 Sɛ onni obi a obegye ama no na sɛ ɔno ankasa nya sika a, \v 27 wɔbɛsese ɛso nnɔbae a wɔatwa ansa na Ahosɛpɛw Afe no reba na wɔagyina so atua ka no, na nea ɔtɔe no nso adan asase no ama no. \v 28 Na sɛ nea asase no yɛ ne de no ankasa antumi annye a, ɛno de, ɛbɛyɛ nea ɔtɔ no dea ara kosi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no, na nea ɔtɔe no de onipa no ade asan ama no. \p \v 29 “ ‘Sɛ obi tɔn ofi wɔ kurom a, ɔwɔ afe a otumi san gye nʼade a biribiara nsiw no ho kwan. \v 30 Na sɛ afe no mu wantumi annye a, ɛbɛyɛ nea ɔtɔe no de korakora. Ɔrensan mfa mma onipa a kan no na ɛyɛ ne dea no wɔ Ahosɛpɛw Afe no mu. \v 31 Nanso akuraa dan a wɔntoo ɔfasu ntwaa ho nhyiae te sɛ agyapade a ɛwɔ wuram de, wotumi san kogye no bere biara, na Mfe Aduonum Afahyɛ mu no, ɛsɛ sɛ wɔsan de ma ne wura ankasa. \p \v 32 “ ‘Asɛm baako bi na ɛnka ho. Lewifo afi a ɛwɔ nkurow a wɔde afasu atwa ho mu no, wotumi san gye no bere biara. \v 33 Enti Lewifo de, wotumi gye wɔn agyapade; wɔn kurow biara mu ofi a wɔtɔnee, ɛsɛ sɛ wɔdan ma wɔn wuranom wɔ Ahosɛpɛw Afe no mu, efisɛ afi no yɛ wɔn dea. \v 34 Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn nsase a atwa Lewifo no nkurow ho ahyia, efisɛ eyinom yɛ wɔn agyapade afebɔɔ a ɛnsɛ sɛ wɔne obiara kyɛ. \p \v 35 “ ‘Sɛ ohia hia wo nua a, ɛsɛ sɛ woboa no; ma no mmra ma ɔmmɛtena hɔ bi. \v 36 Suro wo Nyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na sɛ wobɔ no bosea a, nnye no ho mfɛntom. \v 37 Kae sɛ worennye ho mfɛntom biara; na ma no biribiara a ɛho hia no na ɛnyɛ wo ka. Mpɛ mfaso! \v 38 Efisɛ me \nd Awurade\nd* a meyɛ mo Nyankopɔn no yii mo fii Misraim de Kanaan asase maa mo sɛnea mɛyɛ mo Nyankopɔn. \p \v 39 “ ‘Sɛ ohia hia wo yɔnko Israelni na ɔtɔn ne ho ma wo a, nhyɛ ne so sɛ ɔdɔnkɔ; \v 40 na mmom, yɛ no sɛ obi a wutua no ne som a ɔsom ho ka, anaa fa no sɛ wo hɔho na ɔnsom wo nkosi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no. \v 41 Edu saa bere no a, ɔne ne mma nyinaa tumi tu de wɔn agyapade nyinaa kɔ wɔn abusuafo nkyɛn. \v 42 Efisɛ Israelfo no yɛ mʼasomfo a mede wɔn fi Misraim asase so bae; ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn sɛ nkoa. \v 43 Mommfa atirimɔden nni wɔn so; munsuro mo Nyankopɔn. \p \v 44 “ ‘Nanso mubetumi atɔ asomfo afi aman afoforo a atwa mo ho ahyia no so. \v 45 Saa ara nso na mutumi tɔ ahɔho a mo ne wɔn te no mma a ɛmfa ho sɛ wɔte mo mu. \v 46 Mubetumi ayɛ wɔn nkoa afebɔɔ ama mo ne mo nkyirimma, nanso mo nuanom Israelfo no de, ɛnsɛ sɛ moyɛ wɔn saa. \p \v 47 “ ‘Sɛ ɔhɔho a ɔte mo mu no bɛyɛ ɔdefo, na sɛ Israelni di hia, na ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho no anaa ɔhɔho no abusuafo a, \v 48 ɔwɔ kwan sɛ wogye no wɔ ne tɔn akyi; ne nuanom bi tumi begye no. \v 49 Saa ara nso na ne wɔfa, ne wɔfaase anaa ne ho nipa bi a ɔbɛn no tumi gye no ara ne no. Sɛ ɔno ara nso benya sika a, otumi de begye ne ho. \v 50 Ne ho a obegye no gyina mfe a aka na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu ne sika dodow a sɛ anka wɔde kɔfaa ɔsomfo a, anka obegye saa mfe a aka no mu no so. \v 51 Sɛ aka mfe pii ansa na Ahosɛpɛw Afe no aso a, obetua sika a ogyee wɔ bere a ɔtɔn ne ho no nyinaa. \v 52 Sɛ mfe no pii atwam ama aka kakra na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu a, ɛno de, obetua sika a ogyee bere a ɔtɔn ne ho no mu kakraa bi. \v 53 Sɛ ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho a, ɔhɔho no bɛfa no sɛ ne somfo a otua no ka. Ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ne somfo koraa anaa nʼagyapade. \p \v 54 “ ‘Sɛ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du na wonnyee no a, wobegyaa ɔne ne mma nyinaa, \v 55 efisɛ wɔyɛ mʼasomfo. Mede wɔn fi Misraim na ɛbae. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn no. \c 26 \s1 Osetie So Akatua \p \v 1 “ ‘Monnyɛ abosom. Munnsisi ahoni anaa abo mma mo ho. Mommfa abo a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkotow wɔn. Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn no. \p \v 2 “ ‘Ɛsɛ sɛ mudi me Homeda, na mode nidi ma me kronkronbea. Mene \nd Awurade\nd*. \p \v 3 “ ‘Sɛ mudi me mmara no nyinaa so a, \v 4 daa mɛtɔ osu ama mo ama mo nnɔbae ayɛ yiye abu so, na mo nnua nso bɛsow aba a ɛbɛkyɛ wɔ nnua no so. \v 5 Na sɛ edu odua bere so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mubedidi amee na moatena asase no so asomdwoe mu. \p \v 6 “ ‘Mɛma mo asomdwoe, na mɛma mo ada a munnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afi mo ho. \v 7 Mobɛtaa mo atamfo; na wobewuwu wɔ mo afoa ano. \v 8 Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka mpem du agu! Mo atamfo bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ mo anim. \p \v 9 “ ‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔ, na madi apam a me ne mo pamee no so. \v 10 Mo nnɔbae bebu so a sɛ otwabere foforo du so a, morenhu nea mode bɛyɛ. \v 11 Na mɛtena mo mu, na merenkyi mo. \v 12 Me ne mo bɛnantew, na mayɛ mo Nyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfo. \v 13 Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn a ɔde mo fi Misraim asase so bae sɛnea morenyɛ Misraimfo nkoa bio no. Mibubuu mo konnua nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛma mo anantew anuonyam so. \p \v 14 “ ‘Na sɛ moantie me, anni mʼasɛm so, \v 15 na mopo mʼahyɛde ne me mmara na moanni so, bu mʼapam so a, \v 16 nea mɛyɛ mo ni: Mɛma mo koma atutu na mama nsamanwaw ayɛ mo, na atiridiinini abɔ mo. Mo ani betutu, na mo nkwa so ahuan. Mubedua nnɔbae agu kwa, efisɛ mo atamfo na wobedi. \v 17 Meyi mʼani afi mo so, na moaguan afi mo atamfo anim. Wɔn a wɔtan mo no bedi mo so. Mubeguan bere a obiara ntaa mo mpo. \p \v 18 “ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo bɔne no so aso mmɔho ason. \v 19 Mɛsɛe mo ahantan tumi no na mayɛ mo soro sɛ dade ne mo fam sɛ kɔbere. \v 20 Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, na mo asase rennya nnɔbae biara, na ɛso nnua nso rensow aba. \p \v 21 “ ‘Na sɛ tie ara na morentie me a, mo bɔne nti, mede ɔyaredɔm mmɔho ason a ɛfata mo bɔne no begu mo so. \v 22 Mɛma nkekaboa abekunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwi, na matew mo dodow so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio. \p \v 23 “ ‘Na sɛ eyi antumi ansakra mo, na mokɔ so tia mʼapɛde a, \v 24 me nso, metia mo apɛde, na me ara mʼankasa mɛtwe mo aso mpɛn ason wɔ mo bɔne ho. \v 25 Menam ɔko so bebu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mubeguan akɔ mo nkurow mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfo bedi mo so. \v 26 Mɛsɛe mo nnuan a mubenya nyinaa akosi sɛ mpo, fononoo baako brodo a ɛbɛto no na mmusuakuw du bedi. Aduan kakra a mubedi no akyi, ɔkɔm bɛde mo. \p \v 27 “ ‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, \v 28 mo bɔne nti, me bo befuw mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho ason. \v 29 Mobɛwe mo mmabarima ne mo mmabea nam. \v 30 Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea. Metwitwa mo aduhuam afɔremuka agu, na mahyehyɛ mo afunu wɔ mo ahoni a enni nkwa no so; na mɛpo mo. \v 31 Mɛma mo nkurow ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohuam afɔrebɔ no. \v 32 Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfo atena so, na nea mɛyɛ mo no ayɛ mo nwonwa. \v 33 Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa so, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkurow. \v 34 Akyiri no, asase no bɛda hɔ ahome de asi mfe dodow a moamma anhome no anan; ɛbɛda hɔ wɔ mmere a mowɔ atamfo nsam wɔ wɔn nsase so no nyinaa. Na asase no ahome, na anya ne home nna nso. \v 35 Bere a asase no da mpan nyinaa, ebenya home a moamma annya wɔ Homeda dodow a motenaa so no. \p \v 36 “ ‘Wɔn a wogyaw wɔn hɔ a wonwui no nso, mɛma wɔatwe wɔn akɔ akyirikyiri nsase so sɛ ɔko mu nneduafo ne nkoa. Ɛhɔ na wɔbɛtena daa wɔ ehu mu. Wɔte sɛ mframa rebɔ ahaban koraa a, wobeguan te sɛ nea obi a okura afoa repam wɔn; wɔbɛhwehwe ase wɔ bere a obi ntaa wɔn. \v 37 Obiara rentaa wɔn nanso ehu nti, wobehintihintiw wɔn ho wɔn ho te sɛnea wɔreguan afi akono a wonni tumi biara a wɔde begyina wɔn atamfo anim no. \v 38 Mobɛyera wɔ aman mu, na mo atamfo asɛe mo. \v 39 Wɔn a wɔbɛka no, wɔn bɔne nti, wɔn ho bɛyeraw wɔn wɔ atamfo nsase so, bɔne a wɔn agyanom yɛe no nti. \p \v 40 “ ‘Nanso akyiri no, me nkurɔfo bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛnea wodii me huammɔ na wotiaa me no. \v 41 Sɛ me nso mitia wɔn sɛ nea ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfo asase so a, afei, wɔn komaden no ano bɛbrɛ ase, na wobetua wɔn bɔne so ka. \v 42 Afei, mɛkae apam a mene Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no. \v 43 Asase no da hɔ dinn no, ebedi ne homeda. Nanso akyiri no, wobenya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛe so na wɔpoo mʼahyɛde. \v 44 Na nea wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔn ne mʼapam no korakora, efisɛ mene \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn. \v 45 Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a miyii wɔn fii Misraim, bere a amanaman nyinaa rehwɛ no yɛe no. Me \nd Awurade\nd* ne wɔn Nyankopɔn.’ ” \p \v 46 Eyinom ne mmara ne ahyɛde a \nd Awurade\nd* nam Mose so de maa Israelfo no wɔ Sinai Bepɔw so no. \c 27 \s1 Sɛnea Wogye Nea Ɛyɛ \nd Awurade\nd* De No \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ onipa bi hyɛ bɔ sɛ ɔde obi bɛma \nd Awurade\nd* a, na sɛ ɔpɛ sɛ otua sika mmom a, \v 3 obetua dwetɛ gram ahannum ne aduoson (570) ama ɔbarima a wadi mfe aduonu kosi mfe aduosia, \v 4 sɛ ɔyɛ ɔbea a wadi mfe aduonu kosi aduosia a, wobetua dwetɛ gram ahaasa ne aduanan (340), \v 5 abarimaa a wadi mfe anum kosi aduonu no nso wobetua dwetɛ gram ahannu ne aduasa (230). Sɛ ɔyɛ ɔbea a, wobetua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). \v 6 Abarimaa a wadi ɔsram kosi mfe anum no wobetua dwetɛ gram 60; na ɔbabea nso wɔatua dwetɛ gram 35. \v 7 Ɔbarima a wadi boro mfe aduosia no wobetua dwetɛ gram ɔha aduoson (170); na ɔbea nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). \v 8 Na sɛ obi yɛ ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfo anim, na ɔsɔfo no akyerɛ no sika a obetumi atua. \p \v 9 “ ‘Sɛ ɔde aboa hyɛ bɔ sɛ afɔrebɔde a ɛfata ma \nd Awurade\nd* a, saa aboa no a ɔde ama \nd Awurade\nd* no bɛyɛ kronkron. \v 10 Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde nea eye sesa nea enye anaa sɛ ɔde nea enye sesa nea eye. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesae yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa abien no nyinaa ho tew. \v 11 Sɛ aboa a ɔde rema \nd Awurade\nd* no ho ntew na ɛmfata sɛ wɔde yɛ afɔrebɔde ma \nd Awurade\nd* a, ɛsɛ sɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfo, \v 12 na wahwɛ sɛ aboa no di mu anaa sɛ onni mu, na wakyerɛ sika dodow a ɛsɛ sɛ otua de si aboa no anan. \v 13 Sɛ aboa no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔre nanso onipa a ɔde no reba no pɛ sɛ ɔsan gye nʼade a, obetua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka bo a ɔsɔfo no betwa ama no sɛ ontua no ho. \p \v 14 “ ‘Sɛ obi de ne fi ma \nd Awurade\nd* na sɛ ɔpɛ sɛ ɔsan gye a, ɔsɔfo no bɛsese ahu sɛ eye anaasɛ enye. Bo biara a ɔsɔfo no bɛkyerɛ no na ɛsɛ sɛ wotua. \v 15 Sɛ nea ɔde ofi no mae no pɛ sɛ ɔsan gye a ɛsɛ sɛ otua ne bo no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho na ama ofi no asan abɛyɛ ne de. \p \v 16 “ ‘Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔde nʼabusua asase fa bi bɔ afɔre ma \nd Awurade\nd* a, wobegyina aba kɛntɛnma dodow a ebehia sɛ wobedua wɔ so no so atwa asase no bo; aba kɛntɛnma biara bo yɛ dwetɛ gram ahannum ne aduoson (570). \v 17 Mfirihyia Aduonum Afahyɛ mu no, sɛ obi de nʼafuw kyɛ a, ne bo no rensesa. \v 18 Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfo no begyina mfe a aka ansa na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a edi so no so asese ne bo no, na wobetumi atew so. \v 19 Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ogye nʼasase a, ɔsɔfo no bo a ɔbɛbɔ no, obetua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio. \v 20 Na sɛ nso ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔmpɛ sɛ ogye asase no bio, anaasɛ sɛ watɔn asase no ama obi foforo a, ɛno de, wɔrentumi nnye bio. \v 21 Sɛ wɔdan asase no ma wɔ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde bɛto hɔ ama \nd Awurade\nd*. Ɛbɛyɛ asɔfo no agyapade. \p \v 22 “ ‘Sɛ obi de asase a watɔ ma \nd Awurade\nd*, na sɛ asase no nyɛ nʼabusua asase a, \v 23 ɔsɔfo no begyina mfe a aka ama wɔadi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne bo. Ɛsɛ sɛ onipa ko no tua ka no da no ara, na ɛyɛ afɔrebɔde kronkron ma \nd Awurade\nd*. \v 24 Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du so a, asase no bɛsan akɔ nea ɔtɔnee no anaasɛ nea na ɔyɛ asase no wura no nkyɛn. \v 25 Wɔbɛsese ho ka no nyinaa wɔ nnwetɛbona a wogye wɔ hyiadan mu no ho, a ɛyɛ gram dubaako. \p \v 26 “ ‘Ɛnsɛ sɛ obiara de aboa bi abakan ma \nd Awurade\nd*, efisɛ abakan biara, sɛ ɔyɛ nantwi anaa oguan no, yɛ \nd Awurade\nd* de dedaw. \v 27 Sɛ ɔyɛ mmoa a wɔn ho ntew no bi a, onipa no betumi atua ne bo no, na ɔde ɛbo no ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho. Sɛ onipa no antɔ bio de a, wɔbɛtɔn aboa no sɛnea ne bo te. \p \v 28 “ ‘Ade biara a wɔde ama \nd Awurade\nd* no, sɛ ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaa wɔsan gye, efisɛ biribiara a ɛte saa no yɛ kronkron ma \nd Awurade\nd*. \p \v 29 “ ‘Onipa biara a \nd Awurade\nd* ayi no ama ɔsɛe no, wɔmmfa biribi ntua ne ti ka. Ɛsɛ sɛ wokum no. \p \v 30 “ ‘Asase no so nnɔbae nkyɛmu du mu baako, sɛ ɛyɛ aburow anaa aduaba no yɛ \nd Awurade\nd* dea. Ɛyɛ kronkron. \v 31 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsan tɔ saa aduaba anaa aburow no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne bo nkyɛmu anum mu baako ka ho. \v 32 Anantwi ne nguan no ntotoso du du nyinaa, aboa biara a ɔto so du a ɔfa oguanhwɛfo nsam no yɛ kronkron ma \nd Awurade\nd*. \v 33 Aboa a ɔto so du a wɔde bɛma \nd Awurade\nd* no, wɔnnhwɛ sɛ oye anaa onye, na wɔmmfa biribiara nsi nʼanan mu, efisɛ sɛ wɔde biribiara si anan mu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’ ” \p \v 34 Eyinom ne ahyɛde a \nd Awurade\nd* de maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo no.