\id LAM - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Kwadwom \toc1 Kwadwom \toc2 Kwadwom \toc3 Kwa \mt1 Kwadwom \c 1 \q1 \v 1 Sɛnea kuropɔn no adan amamfo ni, \q2 kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma! \q1 Adɛn nti na wayɛ okunafobea a \q2 kan no na anka ɔyɛ ɔkɛse wɔ amanaman no mu? \q1 Nea na ɔyɛ ɔhemmea wɔ amantam no mu no \q2 abɛyɛ afenaa nnɛ. \b \q1 \v 2 Osu yayaayaw anadwo, \q2 nusu sensan nʼafono so. \q1 Nʼadɔfo nyinaa mu no, \q2 obiara nni hɔ a ɔkyekyee ne werɛ. \q1 Ne nnamfonom nyinaa ayi no ama \q2 Wɔayɛ nʼatamfo. \b \q1 \v 3 Amanehunu ne adwumaden akyi no, \q2 Yuda kɔ nnommum mu. \q1 Ɔte amanaman no mu \q2 na onni ahomegyebea. \q1 Wɔn a wɔtaa no nyinaa ato no \q2 wɔ nʼahokyere mu. \b \q1 \v 4 Akwan a ɛkɔ Sion no resu, \q2 efisɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. \q1 Nʼapon nyinaa adeda mpan, \q2 na nʼasɔfo si apini, \q1 ne mmabaa di yaw, \q2 na ɔwɔ yawdi a mu yɛ den mu. \b \q1 \v 5 Nʼatamfo abɛyɛ ne wuranom; \q2 wɔn a wɔne no ayɛ adɔm ho adwo wɔn. \q1 Awurade ama awerɛhow aba ne so \q2 nʼamumɔyɛ bebrebe nti. \q1 Ne mma kɔ nnommum mu. \q2 Wɔayɛ nneduafo ama ɔtamfo. \b \q1 \v 6 Anuonyam nyinaa atu \q2 afi Ɔbabea Sion so kɔ. \q1 Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforote \q2 a wonnya adidibea; \q1 na wɔde mmerɛwyɛ aguan \q2 wɔ wɔn ataafo anim. \b \q1 \v 7 Nʼamanehunu ne akyinkyinakyinkyin nna mu no, \q2 Yerusalem kae ademude nyinaa \q2 a na ɛwɔ no wɔ nna a atwa mu no mu. \q1 Ne nkurɔfo kɔtɔɔ ɔtamfo no nsa mu no, \q2 na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no. \q1 Nʼatamfo de wɔn ani hwɛɛ no \q2 na wɔserew ne sɛe. \b \q1 \v 8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛse \q2 enti ne ho agu fi. \q1 Wɔn a wodi no ni no sopa no, \q2 efisɛ wɔahu nʼadagyaw; \q1 ɔno ankasa gu ahome \q2 na ɔdan nʼani. \b \q1 \v 9 Nʼafideyɛ atu aka ne ntade mu; \q2 wannwene ne daakye ho. \q1 Nʼasehwe yɛ nwonwa; \q2 obiara ankyekye ne werɛ. \q1 “\nd Awurade\nd*, hwɛ mʼamanehunu, \q2 efisɛ ɔtamfo adi nkonim.” \b \q1 \v 10 Ɔtamfo no de ne nsa too \q2 nʼademude nyinaa so; \q1 ohuu sɛ amanaman \q2 rehyɛn ne kronkronbea hɔ, \q1 nnipa a woabra sɛ \q2 wɔnnhyɛn wʼasafo mu no. \b \q1 \v 11 Ne nkurɔfo nyinaa si apini \q2 bere a wɔrehwehwɛ aduan; \q1 wɔde wɔn ademude sesa aduan \q2 de nya ahoɔden. \q1 “Awurade, hwɛ na dwene me ho, \q2 efisɛ wobu me animtiaa.” \b \q1 \v 12 “Ɛmfa mo ho ana, mo a mutwa mu wɔ hɔ nyinaa? \q2 Monhwɛ na munhu. \q1 Ɔyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me de \q2 a wɔma ɛbaa me so yi, \q1 nea \nd Awurade\nd* de baa me so \q2 wɔ nʼabufuwhyew da no ana? \b \q1 \v 13 “Ɔsomaa ogya fii ɔsoro, \q2 ma ɛbaa me nnompe mu. \q1 Osum afiri maa mʼanan \q2 na ɔsan me kɔɔ mʼakyi. \q1 Ɔyɛɛ me pasaa, \q2 metɔɔ beraw da mu nyinaa. \b \q1 \v 14 “Woakyekyere me bɔne ahyɛ konnua mu; \q2 ɔde ne nsa nwen bɔɔ mu. \q1 Wɔde asɛn me kɔn mu \q2 na \nd Awurade\nd* atwe mʼahoɔden. \q1 Ɔde me ahyɛ wɔn a \q2 merentumi nnyina wɔn anim no nsa. \b \q1 \v 15 “Awurade apo \q2 akofo a wɔwɔ me ntam nyinaa; \q1 wafrɛ asraafo atia me \q2 sɛ wɔmmɛdwerɛw me mmerante. \q1 \nd Awurade\nd* atiatia Ɔbabea Ɔbabun Yuda so \q2 wɔ ne nsakyiamoa mu. \b \q1 \v 16 “Eyinom nti na misu \q2 na nusu aguare me. \q1 Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ, \q2 nea ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ. \q1 Me mma agyigya \q2 efisɛ ɔtamfo no adi nkonim.” \b \q1 \v 17 Sion trɛw ne nsa mu \q2 nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ. \q1 \nd Awurade\nd* ahyɛ ama Yakob se \q2 ne mfɛfo bɛyɛ nʼatamfo; \q1 Yerusalem abɛyɛ \q2 afide wɔ wɔn mu. \b \q1 \v 18 “\nd Awurade\nd* yɛ ɔtreneeni, \q2 nanso manni nʼahyɛde so. \q1 Muntie, mo amanaman nyinaa \q2 monhwɛ me yaw. \q1 Me mmerante ne mmabaa \q2 kɔ nnommum mu. \b \q1 \v 19 “Mefrɛɛ mʼadɔfo \q2 nanso woyii me mae. \q1 Mʼasɔfo ne me mpanyimfo \q2 ase tɔree wɔ kuropɔn no mu, \q1 bere a wɔrehwehwɛ aduan adi \q2 na wɔanwuwu. \b \q1 \v 20 “Awurade, hwɛ me mmɔbɔ! \q2 Meredi yaw wɔ me mu, \q1 na me koma mu nso minni ahotɔ, \q2 efisɛ mayɛ otuatewfo kɛse. \q1 Afoa hyɛ me awerɛhow wɔ abɔnten so; \q2 ofie nso yɛ owu nko ara. \b \q1 \v 21 “Nnipa ate mʼapinisi, \q2 nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ. \q1 Mʼatamfo nyinaa ate mʼamanehunu \q2 wɔn ani gye nea woayɛ no ho. \q1 Ma nna a woahyɛ no mmra \q2 sɛnea wɔbɛyɛ sɛ me. \b \q1 \v 22 “Fa wɔn atirimɔdensɛm nyinaa si wʼanim; \q2 na wo ne wɔn nni \q1 sɛnea wo ne me adi; \q2 esiane mʼamumɔyɛ no nti. \q1 Mʼapinisi dɔɔso \q2 na me koma abotow.” \b \b \c 2 \q1 \v 1 Sɛnea \nd Awurade\nd* de nʼabufuwhyew mununkum \q2 akata Ɔbabea Sion so ni? \q1 Watow Israel anuonyam \q2 afi ɔsoro abɛhwe fam; \q1 wankae ne nan ntiaso \q2 wɔ nʼabufuw da no. \b \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* annya ahummɔbɔ \q2 na wamene Yakob atenae nyinaa; \q1 nʼabufuwhyew mu, wadwiriw \q2 Yuda Babea abandennen no agu fam. \q1 Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmma \q2 ho fi. \b \q1 \v 3 Ɔde abufuwhyew atwitwa \q2 Israel mmɛn nyinaa. \q1 Wayi ne bammɔ \q2 wɔ bere a atamfo no reba. \q1 Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa \q2 a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia. \b \q1 \v 4 Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo; \q2 ne nsa nifa ayɛ krado. \q1 Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum \q2 wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa; \q1 wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya \q2 agu Ɔbabea Sion ntamadan so. \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* ayɛ sɛ ɔtamfo; \q2 wamene Israel. \q1 Wamene nʼahemfi nyinaa \q2 asɛe nʼabandennen. \q1 Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔso \q2 ama Yuda Babea. \b \q1 \v 6 Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo; \q2 wasɛe nʼaguabɔbea. \q1 \nd Awurade\nd* ama Sion werɛ afi \q2 nʼafahyɛ ne homenna; \q1 nʼabufuwhyew mu no \q2 wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* apo nʼafɔremuka \q2 na wagyaa ne kronkronbea mu. \q1 Ɔde nʼahemfi afasu \q2 ahyɛ nʼatamfo nsa. \q1 Wɔteɛ mu wɔ \nd Awurade\nd* fi \q2 te sɛ afahyɛ da. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe \q2 Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no. \q1 Ɔde susuhama too ho \q2 na wannyae ɔsɛe no. \q1 Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo; \q2 wɔn nyinaa sɛee. \b \q1 \v 9 Nʼapon amem fam; \q2 wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. \q1 Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu, \q2 mmara nni hɔ bio, \q1 na nʼadiyifo nnya anisoadehu a \q2 efi \nd Awurade\nd* hɔ bio. \b \q1 \v 10 Ɔbabea Sion mpanyimfo \q2 tete fam ayɛ komm; \q1 wɔde mfutuma agu wɔn tirim \q2 afurafura atweaatam. \q1 Yerusalem mmabaa \q2 asisi wɔn ti ase. \b \q1 \v 11 Mʼani rentumi nnyae nisutew, \q2 me yafunu mu retwa me, \q1 me koma retew atɔ fam, \q2 efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo, \q1 efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti \q2 wɔ kuropɔn no mmɔnten so. \b \q1 \v 12 Wobisa wɔn nanom se, \q2 “Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?” \q1 Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo \q2 wɔ kuropɔn no mmɔnten so, \q1 bere a wɔn nkwa resa \q2 wɔ wɔn nanom abasa so. \b \q1 \v 13 Asɛm bɛn na metumi aka ama wo? \q2 Dɛn ho na metumi de wo atoto, \q1 Ɔbabea Yerusalem? \q2 Dɛn na metumi de asusuw wo, \q1 de akyekye wo werɛ, \q2 Sion Babea Ɔbabun? \q1 Wʼapirakuru so sɛ po. \q2 Hena na obetumi asa wo yare? \b \q1 \v 14 Wʼadiyifo anisoadehu \q2 yɛ atoro a so nni mfaso; \q1 wɔanna mo amumɔyɛ adi \q2 ansiw mo nnommumfa ano. \q1 Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no \q2 yɛ atoro ne nnaadaa. \b \q1 \v 15 Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa \q2 bobɔ wɔn nsam gu wo so; \q1 wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti \q2 gu Yerusalem Babea so ka se, \q1 “Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no \q2 ahoɔfɛ a edi mu no? \q2 Asase nyinaa anigyede no ni?” \b \q1 \v 16 Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom \q2 tɛtrɛɛ tia wo; \q1 wɔserew na wɔtwɛre wɔn se \q2 na wɔka se, “Yɛamene no. \q1 Da a na yɛretwɛn no ni; \q2 Yɛatena ase ahu.” \b \q1 \v 17 \nd Awurade\nd* ayɛ nea ɔhyehyɛe; \q2 wama nʼasɛm a \q1 ɔhyɛɛ dedaada no aba mu. \q1 Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ, \q2 wama ɔtamfo no ani agye \q2 wama wʼatamfo no mmɛn so. \b \q1 \v 18 Nnipa no koma \q2 su frɛ \nd Awurade\nd*. \q1 Ɔbabea Sion afasu, \q2 momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten \q2 awia ne anadwo; \q1 munnye mo ahome \q2 momma mo ani nso nnya ɔhome. \b \q1 \v 19 Sɔre, su dennen anadwo, \q2 ɔdasu mu mfiase; \q1 hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu \q2 gu \nd Awurade\nd* anim. \q1 Ma wo nsa so kyerɛ no \q2 wo mma nkwa nti, \q1 wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw \q2 wɔ mmɔnten so. \b \q1 \v 20 “Hwɛ na dwene ho, Awurade: \q2 Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn? \q1 Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana, \q2 mma a wɔahwɛ wɔn? \q1 Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo \q2 wɔ \nd Awurade\nd* kronkronbea ana? \b \q1 \v 21 “Mmofra ne mpanyin da adabum \q2 wɔ mmɔnten so mfutuma mu so, \q1 me mmerante ne mmabaa \q2 atotɔ wɔ afoa ano. \q1 Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda; \q2 woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ. \b \q1 \v 22 “Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no, \q2 saa ara na wofrɛfrɛɛ \q2 amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me. \q1 \nd Awurade\nd* abufuw da no, \q2 obiara anguan na anka obiara: \q1 wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no, \q2 me tamfo adwerɛw wɔn.” \b \b \c 3 \q1 \v 1 Mene ɔbarima a mahu amane \q2 wɔ nʼabufuw abaa ano. \q1 \v 2 Wapam me afi ne ho ama manantew \q2 sum mu na ɛnyɛ hann mu; \q1 \v 3 Ampa ara wama nsa so atia me \q2 mpɛn bebree, da mu nyinaa. \b \q1 \v 4 Wama me were ne me nam anyin \q2 Na wabubu me nnompe. \q1 \v 5 Waka me ahyɛ mu, na watua me ano \q2 ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia. \q1 \v 6 Wama matena sum mu \q2 sɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no. \b \q1 \v 7 Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan; \q2 wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw. \q1 \v 8 Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a \q2 osiw me mpaebɔ ano. \q1 \v 9 Ɔde abotan asiw me kwan; \q2 wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye. \b \q1 \v 10 Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, \q2 te sɛ gyata a watɛw, \q1 \v 11 ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree me \q2 na ogyaw me a minni mmoa biara. \q1 \v 12 Okuntun ne ta mu \q2 na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so. \b \q1 \v 13 Ɔde bɛmma a efi ne kotoku mu \q2 hwirew me koma mu. \q1 \v 14 Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa; \q2 wɔto akutia nnwom \q2 de di me ho fɛw da mu nyinaa. \q1 \v 15 Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma. \q2 Wama me bɔnwoma anom. \b \q1 \v 16 Ɔde mmosea abubu me se; \q2 na watiatia me so wɔ mfutuma mu. \q1 \v 17 Wɔama asomdwoe abɔ me; \q2 na me werɛ afi yiyedi. \q1 \v 18 Enti mise, “Mʼanuonyam asa, \q2 nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.” \b \q1 \v 19 Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu, \q2 nweenwen ne bɔnwoma mu. \q1 \v 20 Mekae yiye, \q2 na me kra abotow wɔ me mu. \q1 \v 21 Nanso midwen eyi ho; \q2 saa nti mewɔ anidaso. \b \q1 \v 22 Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ. \q2 Nʼayamhyehye nni huammɔ. \q1 \v 23 Ɛyɛ foforo anɔpa biara; \q2 wo nokwaredi yɛ kɛse. \q1 \v 24 Meka kyerɛ me ho se, \q2 “\nd Awurade\nd* yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.” \b \q1 \v 25 \nd Awurade\nd* ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu, \q2 onipa a ɔhwehwɛ no no; \q1 \v 26 Eye sɛ wɔyɛ komm \q2 de twɛn \nd Awurade\nd* nkwagye. \q1 \v 27 Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua no \q2 wɔ ne mmerantebere mu. \b \q1 \v 28 Ma ɔntena ase komm, \q2 efisɛ \nd Awurade\nd* de ato ne so. \q1 \v 29 Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu, \q2 ebia anidaso wɔ hɔ. \q1 \v 30 Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no no \q2 na ɔnhyɛ no aniwu. \b \q1 \v 31 Na \nd Awurade\nd* ntow onipa biara nkyene koraa. \q1 \v 32 Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye. \q2 Ne dɔ kɛse no to rentwa da. \q1 \v 33 Ofi amemenemfe mu de amanehunu \q2 anaa awerɛhow brɛ nnipa mma. \b \q1 \v 34 Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛw \q2 nneduafo a wɔwɔ asase no so a, \q1 \v 35 sɛ wotiatia obi ahofadi so \q2 wɔ Ɔsorosoroni no anim a, \q1 \v 36 anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a, \q2 Awurade renhu saa nneɛma yi ana? \b \q1 \v 37 Hena na obetumi aka na wama aba mu \q2 wɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe? \q1 \v 38 Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom \q2 na mmusu ne nnepa fi ana? \q1 \v 39 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwii \q2 bere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho? \b \q1 \v 40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ, \q2 na yɛnsan nkɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn. \q1 \v 41 Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so, \q2 nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se: \q1 \v 42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua \q2 na wamfa ankyɛ. \b \q1 \v 43 “Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn; \q2 na woakunkum a woannya ahummɔbɔ. \q1 \v 44 Wode wo ho asie omununkum mu \q2 nti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn. \q1 \v 45 Woayɛ yɛn atantanne ne nwura \q2 wɔ amanaman no mu. \b \q1 \v 46 “Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛ \q2 de tia yɛn. \q1 \v 47 Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease, \q2 mmubui ne ɔsɛe.” \b \q1 \v 48 Me nusu sen sɛ asuten \q2 efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo. \b \q1 \v 49 Me nusu bɛsen ara, \q2 na ɛrennyae, \q1 \v 50 kosi sɛ \nd Awurade\nd* bɛhwɛ \q2 afi ɔsoro, na wahu. \q1 \v 51 Nea mihu no ma me kra werɛ how, \q2 me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti. \b \q1 \v 52 Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hwee \q2 pampam me sɛ anomaa. \b \q1 \v 53 Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa so \q2 na wosiw me abo wɔ amoa mu; \q1 \v 54 nsu bu faa me ti so, \q2 na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me. \b \q1 \v 55 Mebɔɔ wo din, \nd Awurade\nd* \q2 fii amoa no ase tɔnn. \q1 \v 56 Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼaso \q2 wɔ me gye sufrɛ ho.” \q1 \v 57 Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no, \q2 na wokae se, “Nsuro.” \b \q1 \v 58 Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me; \q2 na wugyee me nkwa. \q1 \v 59 Woahu bɔne a wɔayɛ me, \nd Awurade\nd*. \q2 Di mʼasɛm ma me! \q1 \v 60 Woahu wɔn aweretɔ no mu den, \q2 wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa. \b \q1 \v 61 \nd Awurade\nd*, woate wɔn ntwirii, \q2 wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa, \q1 \v 62 nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoo \q2 de tia me da mu nyinaa. \q1 \v 63 Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ, \q1 wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw. \b \q1 \v 64 Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, \nd Awurade\nd*, \q2 nea wɔn nsa ayɛ nti. \q1 \v 65 Pirim wɔn koma, \q2 na ma wo nnome mmra wɔn so. \q1 \v 66 Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔn \q2 fi \nd Awurade\nd* ɔsorosoro ase. \b \b \c 4 \q1 \v 1 Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni \q2 Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa! \q1 Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete \q2 wɔ abɔnten biara so. \b \q1 \v 2 Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu \q2 na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ, \q1 mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku, \q2 ɔnwemfo nsa ano adwuma! \b \q1 \v 3 Mpo adompo yi wɔn nufu \q2 ma wɔn mma num, \q1 nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo \q2 sɛ sohori a ɔwɔ sare so. \b \q1 \v 4 Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma \q2 fam ne dodo mu; \q1 mmofra no srɛ aduan, \q2 nanso obiara mfa mma wɔn. \b \q1 \v 5 Wɔn a na anka wodi nnuan pa no \q2 ohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so. \q1 Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no \q2 mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so. \b \q1 \v 6 Me nkurɔfo asotwe \q2 so sen Sodom a \q1 wotuu wɔn mpofirim no, \q2 a wɔannya ɔboafo biara de. \b \q1 \v 7 Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma, \q2 na wɔnan sen nufusu, \q1 na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa, \q2 na wɔte sɛ hoabo. \b \q1 \v 8 Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ; \q2 na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so. \q1 Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so; \q2 ho awo wosee sɛ abaa. \b \q1 \v 9 Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraa \q2 sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn; \q1 ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu, \q2 esiane aduan a enni mfuw so nti. \b \q1 \v 10 Mmea a wɔwɔ ayamhyehye \q2 de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, \q1 ayɛ wɔn aduan, \q2 bere a wɔsɛee me nkurɔfo no. \b \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* ada nʼabufuwhyew nyinaa adi; \q2 wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no. \q1 Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion \q2 ma ɛhyew ne fapem. \b \q1 \v 12 Asase so ahemfo annye anni, \q2 wiase mu nnipa nso annye anni \q1 sɛ atamfo betumi ahyɛn \q2 Yerusalem apon mu. \b \q1 \v 13 Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne \q2 ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti, \q1 wɔn na wohwiee atreneefo mogya \q2 guu wɔ kuropɔn no mu. \b \q1 \v 14 Afei wɔkeka wɔ mmɔnten so \q2 te sɛ nnipa a wɔn ani afura. \q1 Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti \q2 obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade. \b \q1 \v 15 Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!” \q2 “Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” \q1 Sɛ woguan kɔnenam a \q2 amanaman no mu nnipa ka se, \q2 “Wɔrentumi ntena ha bio.” \b \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* ankasa abɔ wɔn ahwete; \q2 nʼani nni wɔn so bio. \q1 Wɔmmfa nidi mma asɔfo, \q2 na wɔn ani nsɔ mpanyimfo. \b \q1 \v 17 Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, \q2 yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; \q1 yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too \q2 ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so. \b \q1 \v 18 Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu, \q2 enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so. \q1 Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna, \q2 efisɛ na yɛn awiei adu so. \b \q1 \v 19 Yɛn ataafo ho yɛ hare \q2 sen akɔre a wɔwɔ wim; \q1 wɔtaa yɛn faa mmepɔw so \q2 na wɔtɛw yɛn wɔ sare so. \b \q1 \v 20 Nea \nd Awurade\nd* asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no, \q2 kɔtɔɔ wɔn mfiri mu. \q1 Yegye dii sɛ ne nwini ase, \q2 yebenya nkwa wɔ amanaman no mu. \b \q1 \v 21 Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea, \q2 wo a wote Us asase so. \q1 Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi; \q2 wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw. \b \q1 \v 22 Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei; \q2 ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu. \q1 Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka \q2 na wada wʼamumɔyɛ adi. \b \b \c 5 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, kae nea aba yɛn so; \q2 hwɛ, na hu yɛn animguase. \q1 \v 2 Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho, \q2 wɔde yɛn afi ama ananafo. \q1 \v 3 Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom, \q2 yɛn nanom yɛ akunafo. \q1 \v 4 Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsu a yɛnom; \q2 yebenya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ. \q1 \v 5 Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ; \q2 Yɛabrɛ na yennya ahomegye. \q1 \v 6 Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria \q2 sɛnea yebenya aduan a ɛbɛso yɛn. \q1 \v 7 Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio, \q2 na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so. \q1 \v 8 Nkoa di yɛn so, \q2 na obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam. \q1 \v 9 Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre de pɛ yɛn anoduan, \q2 afoa a ɛwɔ sare so no nti. \q1 \v 10 Yɛn honam adɔ sɛ fononoo. \q2 Ɔkɔm ama atiridii abɔ yɛn. \q1 \v 11 Wɔato mmea mmonnaa wɔ Sion, \q2 ne mmabun a wɔwɔ Yuda nkurow so. \q1 \v 12 Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn; \q2 wɔmmfa nidi mma mpanyimfo. \q1 \v 13 Mmerante yɛ adwumaden wɔ awiyammo so; \q2 na mmerantewa nan toto wɔ nnyina duruduru ase. \q1 \v 14 Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio; \q2 mmerante agyae wɔn nnwonto. \q1 \v 15 Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu; \q2 yɛn asaw adan agyaadwotwa. \q1 \v 16 Ahenkyɛw afi yɛn ti so. \q2 Yɛn ara, yennue sɛ yɛayɛ bɔne! \q1 \v 17 Eyi nti yɛn koma atɔ beraw, \q2 eyinom nti yɛn ani so ayɛ kusuu \q1 \v 18 wɔ Sion bepɔw a ada mpan \q2 na sakraman nenam so no nti. \b \q1 \v 19 Wo, \nd Awurade\nd*, di hene afebɔɔ; \q2 wʼahengua fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso. \q1 \v 20 Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi? \q2 Adɛn nti na wagyaw yɛn, mmere tenten mu yi? \q1 \v 21 Ka yɛn bata wo ho bio, \nd Awurade\nd*, na yɛatumi asan aba wo nkyɛn; \q2 yɛ yɛn nna foforo sɛ tete no \q1 \v 22 gye sɛ woapo yɛn koraa \q2 anaasɛ wo bo afuw yɛn mmoroso.