\id JOS - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Yosua \toc1 Yosua Nhoma \toc2 Yosua \toc3 Yos \mt1 Yosua Nhoma \c 1 \s1 Onyankopɔn Yɛ Yosua Ɔkannifo \p \v 1 Mose a ɔyɛ \nd Awurade\nd* somfo no wu akyi no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose boafo no se, \v 2 “Afei a me somfo Mose awu no, ɛsɛ sɛ wudi me nkurɔfo no anim kotwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.\f + \fr 1.2 \fr*\ft Na Israelfo no wɔ Sitim (\+xt 2.1\+xt*) Moab tataw so (\+xt 5 Mose 34.3\+xt*) a ɛbɛn Yordan.\ft*\f* \v 3 Sɛnea mehyɛɛ Mose bɔ no, baabiara a wode wo nan besi no, mede bɛma wo. \v 4 Efi Negeb sare a ɛwɔ anafo fam kosi Lebanon mmepɔw a ɛwɔ atifi fam, efi Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apuei fam kosi Ntam Po a ɛwɔ atɔe fam, ne Hetifo asase nyinaa. \v 5 Obiara rentumi nsɔre ntia wo, wo nkwanna nyinaa. Sɛnea na mekaa Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennyaw wo na merempa wʼakyi da. \v 6 Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, efisɛ wubedi me nkurɔfo yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa. \p \v 7 “Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfi ho, na wubedi nkonim biribiara a woyɛ mu. \v 8 Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye. \v 9 Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.” \s1 Yosua Kyerɛ Nea Israelfo Nyɛ \p \v 10 Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofo no se, \v 11 “Momfa atenae no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wonsiesie wɔn nnuan. Nnansa akyi no, mubetwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de ama mo no.” \p \v 12 Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua no fa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \v 13 “Monkae ahyɛde a \nd Awurade\nd* somfo Mose maa mo no: ‘\nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, rema mo ɔhome na ɔde asase yi ama mo.’ \v 14 Mo yerenom, mo mma ne mo anantwi bɛtena Yordan apuei fam ha. Nanso, mo akofo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bedi mmusuakuw a aka no anim atwa Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ \v 15 nkosi sɛ \nd Awurade\nd* bɛma wɔn ɔhome sɛnea wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bedi asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apuei fam ha asase a Mose a ɔyɛ \nd Awurade\nd* somfo de maa mo no, bɛyɛ mo atenae.” \p \v 16 Wobuaa Yosua se, “Nea woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ. \v 17 Yɛbɛyɛ osetie ama wo sɛnea yɛyɛ maa Mose no. \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn, nni wʼakyi sɛnea odii Mose akyi no. \v 18 Obiara a ɔbɛtew wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛde mu biara so no, wonkum no. Enti, hyɛ wo ho den na nya akokoduru!” \c 2 \s1 Rahab Bɔ Akwansrafo Ho Ban \p \v 1 Afei, Yosua somaa akwansrafo baanu wɔ kokoa mu fii Israelfo atenae a ɛwɔ Sitim. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsra asase a ɛda Yordan agya no, ne titiriw nea atwa Yeriko ho ahyia no.” Enti, mmarima baanu no sii mu koduu oguamanfo bi a ne din de Rahab fi, na wɔtenaa hɔ anadwo no. \p \v 2 Obi kɔka kyerɛɛ Yerikohene se, “Anadwo yi ara, Israelfo no bi aba ha a wɔrebɛsra asase yi.” \v 3 Enti Yerikohene soma kɔɔ Rahab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa mmarima a wɔabɛsoɛ wo no ma yɛn. Wɔyɛ akwansrafo a wɔrebɛsra yɛn asase yi ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so atow ahyɛ yɛn so.” \p \v 4 Rahab a na ɔde mmarima baanu no asie no buae se, “Mmarima no baa me ha de, nanso minnim faako a wofi bae. \v 5 Ade reyɛ asa a wɔrebɛtoto kuropɔn no apon mu no na wɔkɔe, nso manhu faako a wɔfae. Sɛ moyɛ ntɛm tiw wɔn a, ebia, mobɛto wɔn.” \v 6 (Nanso, na ɔde wɔn akɔhyɛ ɔdan atifi, akohintaw ɔfo a waboa ano akuwakuw ase.) \v 7 Enti, ɔhene asomafo no sii mu sɛ wɔrekɔhwehwɛ akwansrafo no wɔ ɔkwan a ɛkɔ Asubɔnten Yordan asutwabea hɔ. Asomafo no fi hɔ ara pɛ na wɔtotoo kuropɔn no apon mu. \p \v 8 Ansa na akwansrafo no rebɛda anadwo no, Rahab kɔɔ ɔdan no atifi ne wɔn kɔkasae se, \v 9 “Minim sɛ \nd Awurade\nd* de saa asase yi ama mo. Yɛn nyinaa suro mo. Yɛn mu biara abɔ huboa. \v 10 Yɛate sɛnea \nd Awurade\nd* maa Po Kɔkɔɔ no yow ma munyaa kwan faa mu bere a mufii Misraim no. Na yenim sɛnea moyɛɛ Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no ne sɛnea mosɛee wɔn nkurɔfo pasaa no. \v 11 Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn koma atu na yɛabɔ huboa. Obiara nni akokoduru a sɛ ɔte nsɛm a ɛte sɛɛ a, ɔbɛko. Na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ne otumfo Nyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro ne asase ase. \p \v 12 “Enti momfa \nd Awurade\nd* nka ntam nkyerɛ me se, esiane sɛ maboa mo nti, mobɛyɛ me ne mʼabusuafo adom. Momfa biribi nsi mo bɔhyɛ so se, \v 13 moko fa Yeriko a, morenkum me ne mʼagya ne me na, me nuabarimanom ne nuabeanom ne wɔn ho nnipa nyinaa.” \p \v 14 Mmarima no penee so kae se, “Yɛde yɛn nkwa si yɛn bɔhyɛ so. Sɛ woanyi yɛn amma na sɛ \nd Awurade\nd* de asase no ma yɛn a, yebedi yɛn bɔhyɛ so.” \p \v 15 Esiane sɛ wosii Rahab fi sii kurow no fasu so nti, ɔde hama sian wɔn faa mfɛnsere mu maa wosii fam. \v 16 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munguan mfa bepɔw so man no so. Momfa mo ho nsie nnansa kosi sɛ atiwfo no a wɔrehwehwɛ mo no bɛsan wɔn akyi ansa na moakɔ mo kwan.” \p \v 17 Ansa na mmarima no bɛkɔ no, wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛbɛbɔ mo nkwa ho ban \v 18 na mmom, gyaw hama kɔkɔɔ a ɛsɛn wo mfɛnsere ano no na ma wʼabusuafo a ɛyɛ wʼagya, wo na, wo nuabarimanom ne wɔn abusuafo nyinaa mmɛhyɛ ofi no mu a wɔnnkɔ baabiara. \v 19 Sɛ wopue si abɔnten a, wobekum wɔn nyinaa na obi ntumi mmɔ yɛn sobo sɛ yɛabu yɛn ntam so. Na yɛka ntam sɛ, obiara a ɔhyɛ ofi yi mu no, wɔrenkum no. Obiara nso renteɛ ne nsa wɔ wɔn so. \v 20 Na sɛ wudi yɛn huammɔ de a, ntam yi nnkyekyere yɛn ɔkwan biara so.” \p \v 21 Ɔbea no buae se, “Mepene mo nhyehyɛe no nyinaa so.” \p Ogyaa wɔn kwan, bere a hama kɔkɔɔ no sɛn ofi no mfɛnsere no ano. \p \v 22 Akwansrafo no kɔɔ bepɔw asase no so kɔtenaa hɔ nnansa. Atiwfo no hwehwɛɛ ɔkwan no so baabiara, san kɔɔ wɔn kurom a wɔanhu akwansrafo no wɔ baabiara. \v 23 Afei akwansrafo baanu no sian fii bepɔw asase no so twaa Asubɔnten Yordan bɛkaa nsɛm a ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ Yosua. \v 24 Wɔkae se, “Ampa ara \nd Awurade\nd* de asase no nyinaa bɛma yɛn, efisɛ yɛn ho hu atɔ nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa so.” \c 3 \s1 Israelfo Twa Asubɔnten Yordan \p \v 1 Ade kyee anɔpahema no, Yosua ne Israelfo no nyinaa tu fii Sitim koduu Asubɔnten Yordan nsunoa, baabi a wɔtenaa nna kakra ansa na wɔretwa. \v 2 Nnansa akyi no, Israelfo ntuanofo no faa atenae hɔ nyinaa \v 3 maa nnipa no akwankyerɛ sɛ, “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn Apam Adaka no a, munni wɔn akyi. \v 4 Esiane sɛ momfaa ha da no nti, wɔbɛkyerɛ mo kwan. Momma ɔkwansin fa nna mo ne wɔn ntam, na moammɛn Apam Adaka no. Monhwɛ na moammɛn ho.” \p \v 5 Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Munnwira mo ho, efisɛ, ɔkyena \nd Awurade\nd* bɛyɛ anwonwade wɔ mo mu.” \p \v 6 Anɔpa no, Yosua ka kyerɛɛ asɔfo no se, “Mompagyaw Apam Adaka no na momfa nni nnipa no anim ntwa asubɔnten no.” Ɛno nti wosii mu. \p \v 7 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ, mefi ase ayɛ wo ɔkɛse wɔ Israelfo no nyinaa ani so. Na ɛbɛma wɔahu sɛ, meka wo ho sɛnea na meka Mose ho no. \v 8 Fa saa akwankyerɛ yi ma asɔfo a wɔso Apam Adaka no: ‘Sɛ mudu Asubɔnten Yordan nsunoa hɔ a, monnantew nkɔ nsu no mu kakra na munnyina.’ ” \p \v 9 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Mommra mmetie asɛm a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn aka. \v 10 Nnɛ mubehu sɛ Onyankopɔn teasefo no ka mo ho. Ampa ara ɔbɛpam Kanaanfo, Hetifo, Hewifo, Perisifo, Girgasifo, Amorifo ne Yebusifo. \v 11 Munnwen ho! Apam Adaka a ɛyɛ \nd Awurade\nd* a asase nyinaa yɛ ne de no bedi mo anim de mo atwa Asubɔnten Yordan. \v 12 Afei, munyiyi nnipa dumien a ɔbaako biara fi mmusuakuw dumien no mu. \v 13 Asɔfo no bɛsoa \nd Awurade\nd* a ɔyɛ asase nyinaa wura no Adaka no. Sɛ wɔn nan nya si asu no mu ara pɛ, nsu no betwa afi atifi ama ano aboa wɔ hɔ.” \p \v 14 Bere a nnipa no sɔree sɛ wɔrekotwa Yordan no, asɔfo a na wɔso Apam Adaka no dii wɔn anim. \v 15 Na ɛyɛ otwabere mu nti na Yordan no ayiri aba nsunoa. Nanso, asɔfo a wɔso Adaka no anan sii nsu no ano pɛ, \v 16 nsu no ano fitii ase boaa wɔ nʼatifi fam, baabi a wɔfrɛ hɔ Adam a ɛbɛn Saretan. Na nsu a ɛwɔ anafo no nso sen koguu Nkyene Po no mu kosii sɛ asu no subon no yowee. Enti, nnipa no nyinaa twaa wɔ beae bi a ɛbɛn Yeriko kuropɔn no. \v 17 Saa bere no mu, asɔfo a wɔso \nd Awurade\nd* Apam Adaka no gyinaa asase kesee so wɔ subon no mfimfini maa nnipa no nyinaa twaa mu. Wɔtwɛn wɔ hɔ kosii sɛ obiara faa asase kesee so twaa Yordan. \c 4 \s1 Abo Dumien Nkaedum \p \v 1 Bere a ɔman no nyinaa twaa Yordan wiei no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, \v 2 “Yiyi mmarima dumien fi ɔmanfo no mu a ɔbaako biara fi abusuakuw no bi mu, \v 3 na ka kyerɛ wɔn se, wɔmfa abo dumien mfi Yordan mfimfini nifa so wɔ faako a na asɔfo no gyina hɔ, na wɔnsoa mfa ntwa mmra mmegu faako a mobɛtena anadwo yi.” \p \v 4 Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumien a oyii wɔn fii Israelfo no mu no a ɔbaako biara fi abusuakuw bi mu no, \v 5 na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munkodi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, adaka no anim mfa nkɔ Yordan mfimfini. Ɔbaako biara mfa ɔbo nto ne bati so sɛnea Israelfo mmusuakuw no dodow te, \v 6 na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ mo mu. Sɛ daakye bi, mo mma bisa mo se, ‘Saa abo yi ase kyerɛ dɛn’ a, \v 7 monka nkyerɛ wɔn se, Yordan gyaee sen, gyinae wɔ \nd Awurade\nd* apam adaka no anim, bere a \nd Awurade\nd* apam adaka no retwa Yordan asubɔnten no. Saa abo yi bɛyɛ nkae ade ama Israelfo daa nyinaa.” \p \v 8 Enti, mmarima no yɛɛ sɛnea Yosua kyerɛɛ wɔn no. Wɔfaa abo dumien fii Asubɔnten Yordan mfimfini a ɔbo baako biara gyina hɔ ma abusuakuw baako, sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Yosua no. Wɔsoa de kɔɔ faako a wɔtenaa hɔ anadwo no na wosii nkaedum wɔ hɔ. \v 9 Yosua nso de abo dumien sii nkaedum wɔ Yordan mfimfini wɔ faako a na asɔfo a wɔso apam Adaka no gyinae no. Ɛwɔ hɔ de besi nnɛ. \p \v 10 Asɔfo a na wɔso adaka no gyinaa asu no mfimfini hɔ ara kosii sɛ wɔyɛɛ \nd Awurade\nd* ahyɛde a ɔnam Mose so de maa Yosua no nyinaa. Saa bere no, nnipa no yɛɛ ntɛm twaa asu no koduu ne konkɔn so. \v 11 Na bere a obiara duu asu no fa hɔ no, asɔfo no nso de \nd Awurade\nd* adaka no twa kɔɔ hɔ bi. \v 12 Na akofo a wɔahyɛ wɔn akode a wofi Ruben abusuakuw mu, Gad abusuakuw mu ne Manase abusuakuw fa mu akofo no dii Israelfo no anim twaa Yordan sɛnea Mose kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. \v 13 Saa akofo yi, na wɔn dodow bɛyɛ mpem aduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wotwa kɔɔ Yeriko asase so wɔ \nd Awurade\nd* anim. \p \v 14 Saa da no, Awurade yɛɛ Yosua kɛse wɔ Israelfo no nyinaa anim; na Yosua nna a aka no nyinaa, Israelfo de obu ne nidi maa no sɛnea wɔde obu ne nidi maa Mose no. \p \v 15 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, \v 16 “Hyɛ asɔfo a \nd Awurade\nd* apam adaka no so wɔn no sɛ, womfi nsubon no mu hɔ mmra.” \v 17 Enti, Yosua hyɛɛ wɔn. \v 18 Na bere a asɔfo a wɔso \nd Awurade\nd* apam adaka no fii nsubon no mu ara pɛ na Asubɔnten Yordan san ka sram so tɛnn te sɛ kan no. \p \v 19 Ɔsram a edi kan no da ɛto so du no nnipa no foro fii Yordan kɔbɔɔ atenae wɔ Gilgal, Yeriko apuei fam hye so. \v 20 Gilgal hɔ na Yosua boaa abo dumien a wɔde fi Asubɔnten Yordan mu bae no ano. \v 21 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no se, “Daakye bi mo mma bebisa se, ‘Saa abo yi kyerɛ dɛn?’ \v 22 Na mo nso moaka akyerɛ wɔn se, ‘Ɛha ne beae a Israelfo twaa Yordan wɔ asase wosee so no.’ \v 23 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, maa asu no yowee wɔ mo anim, na ɔkɔɔ so ma ɛyowee ara kosii sɛ mo nyinaa twae, sɛnea ɔyɛɛ Po Kɔkɔɔ no. Ɔmaa no yowee ara kosii sɛ yɛn nyinaa twae. \v 24 Ɔyɛɛ eyi sɛnea aman a wɔwɔ wiase nyinaa behu \nd Awurade\nd* tumi na mo nso moasuro \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, daa nyinaa.” \c 5 \p \v 1 Bere a Amorifo ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔe fam ne Kanaanfo ahemfo a wɔwɔ Po Kɛse no mpoano tee sɛ \nd Awurade\nd* ama Asubɔnten Yordan ayow wɔ Israelfo anim ama wɔatwa no, wɔn koma tui, na ehu kyekyeree wɔn. \s1 Israelfo San Yɛ Apam No Ho Amanne \p \v 2 Saa bere no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, “Yɛ kyerɛwbo asekan na fa twa Israelfo no twetia bio.” \v 3 Enti, Yosua yɛɛ kyerɛwbo asekan no de twitwaa Israelfo nyinaa twetia wɔ Aaralot koko so. \p \v 4 Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, efisɛ mmarima a na wɔanyinyin a wotumi ko bere a wofii Misraim no nyinaa awuwu wɔ sare no so. \v 5 Nnipa a wotu fii Misraim bae no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia, nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ sare no so wɔ akwantu bere no mu no de, na wontwitwaa wɔn twetia ɛ. \v 6 Israelfo no kyinkyinii wɔ sare no so mfe aduanan kosii sɛ mmarima a wotumi ko bere a wɔrefi Misraim no nyinaa wuwui. Efisɛ wɔyɛɛ asoɔden maa \nd Awurade\nd*, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn ani nhu asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so no. \v 7 Enti Yosua twitwaa wɔn mmabarima a wontwaa wɔn twetia no twetia bere a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Eyinom yɛ wɔn a na wɔanyinyin a wotumi si wɔn agyanom anan mu no. \v 8 Otwaa mmarima no nyinaa twetia wiei no, wogyee wɔn ahome wɔ atenae hɔ kosii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn. \p \v 9 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, “Nnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguase no afi mo so.” Ɛno nti, wɔfrɛ beae hɔ Gilgal de besi nnɛ. \p \v 10 Bere a Israelfo no wɔ Gilgal atenae hɔ wɔ Yeriko asase pradada no so no, wodii Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Saa ɔsram no na wɔde kae bere a wotu fii Misraim no. \v 11 Da no ara, wofii ase dii apiti ne aburow a wɔatoto a wotwa fii asase no so. \v 12 Mana amma da no na wɔanhu bi nso bio. Enti, efi saa bere no, Israelfo no dii Kanaan asase no so nnɔbae. \s1 \nd Awurade\nd* Sahene Hyia Yosua \p \v 13 Bere a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn mu no, ɔpagyaw nʼani huu ɔbarima bi a okura afoa rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no se, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfo?” \p \v 14 Na ɔbarima no buaa se, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ \nd Awurade\nd* nsraadɔm so safohene.” Yosua tee eyi no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ nidi mu na ɔkae se, “Kyerɛ me nea menyɛ, dɛn na wopɛ sɛ wo somfo yɛ?” \p \v 15 \nd Awurade\nd* nsraadɔm safohene no buae se, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ nea ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. \c 6 \s1 Wɔfa Yeriko \p \v 1 Wɔtotoo Yeriko apon mu papee, efisɛ na wosuro Israelfo no. Wɔamma obiara kwan ma wankɔ mu anaa wamfi adi. \p \v 2 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, “Mede Yeriko, ɛhɔ hene ne ɛhɔ akofo nyinaa ahyɛ wo nsa. \v 3 Ma wo nsraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkoro da biara nnansia. \v 4 Asɔfo baason a wokurakura adwennini mmɛn abɛn bedi Adaka no anim. Da a ɛto so ason no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mpɛn ason, a asɔfo no rehyɛn mmɛn no. \v 5 Sɛ mote sɛ asɔfo no hyɛn mmɛn no denneennen ma ɛkyɛ a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasu nyinaa bedwiriw agu fam, na nnipa no betumi atow ahyɛ kuropɔn no so.” \p \v 6 Na Yosua frɛɛ asɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa Apam Adaka no na mo mu baason nni anim a wokurakura mmɛn.” \v 7 Enti, ɔhyɛɛ nnipa no se, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wokurakura akode no bedi \nd Awurade\nd* adaka no anim.” \p \v 8 Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wiei no, asɔfo baason a wokurakura mmɛn no fii ase bɔɔ nsra wɔ \nd Awurade\nd* anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfo a wɔso \nd Awurade\nd* Apam Adaka no dii wɔn akyi. \v 9 Wɔn a wokurakura akode no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfo no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wɔso Adaka no akyi, bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no. \v 10 Yosua hyɛe se, “Monnteɛ mu na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfi mo anum, kosi sɛ mɛka akyerɛ mo se monteɛ mu na moateɛ mu.” \v 11 Enti, da no, wɔsoaa \nd Awurade\nd* Adaka no twaa kuropɔn no ho pɛnkoro. Na afei obiara san kɔɔ atenae hɔ kɔhomee anadwo no. \p \v 12 Ade kyee no Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfo no soaa \nd Awurade\nd* Adaka no bio. \v 13 Asɔfo baason a wokurakura adwennimmɛn mmɛn no bɔɔ nsra wɔ \nd Awurade\nd* Adaka no anim, a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wokurakura akode no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfo a wokurakura mmɛn no anim ne \nd Awurade\nd* Adaka no akyi. Saa bere no nyinaa na asɔfo no rehyɛn wɔn mmɛn no. \v 14 Da a ɛto so abien no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho pɛnkoro, na wɔsan kɔɔ atenae hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia. \p \v 15 Da a ɛto so ason no, Israelfo no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiae, sɛnea wɔayɛ dedaw no. Nanso, saa bere yi de, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mpɛn ason. \v 16 Ne mpɛn ason so no, bere a asɔfo no hyɛn wɔn mmɛn denneennen ma ɛkyɛe no, Yosua hyɛɛ ɔmanfo no se, “Monteɛteɛ mu! Na \nd Awurade\nd* de kuropɔn no ama mo! \v 17 Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔde ma \nd Awurade\nd*. Oguamanfo Rahab ne ne fifo nko na ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn, efisɛ ɔbɔɔ akwansrafo no ho ban. \v 18 Mommmfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa. \v 19 Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ no yɛ kronkron ma \nd Awurade\nd*, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekorabea hɔ.” \p \v 20 Bere a nnipa no tee mmɛn no nnyigyei no, wɔteɛteɛɛ mu denneennen sɛnea wobetumi. Prɛko pɛ Yeriko afasu no dwiriw guu fam maa Israelfo no fi afanan nyinaa tow hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfae. \v 21 Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, anantwi, nguan, mfurum ne biribiara. \p \v 22 Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafo baanu no se, “Munni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ oguamanfo no fi na monkɔfa no ne nʼabusuafo nyinaa mmra.” \v 23 Mmerante no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne na, ne nuabarimanom ne abusuafo a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa bae. Wɔde abusuafo no nyinaa kosiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfo atenae. \p \v 24 Afei, Israelfo no hyew kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhyew no yɛ nea wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafrae anaa dade ayɛ. Wɔde ne nyinaa kosiee \nd Awurade\nd* fi adekoradan mu. \v 25 Enti, Yosua amfa ne nsa anka oguamanfo Rahab ne nʼabusuafo a na wɔka ne ho wɔ fie no, efisɛ ɔde akwansrafo a Yosua somaa wɔn Yeriko no siei. Enti ɔte Israelfo mu besi nnɛ. \p \v 26 Saa bere no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “\nd Awurade\nd* nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio. \q1 “Ɔde nʼabakan na ebefi ase, \q2 na ɔde nʼakumaa na ebesisi ano apon.” \p \v 27 Na \nd Awurade\nd* kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa. \c 7 \s1 Ai Di Israel So Nkonim \p \v 1 Nanso Israel anni nokware wɔ nneɛma a wogyaw maa \nd Awurade\nd* no ho. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Akan wiaa saa nneɛma no bi, enti \nd Awurade\nd* bo fuw Israelfo no yiye. Akan yɛ Karmi a ɔyɛ Simri a na ɔbɔ Serah abusua a ɛwɔ Yuda abusuakuw mu no babarima. \p \v 2 Yosua somaa ne nnipa no bi fi Yeriko sɛ wɔnkɔsra Ai kuropɔn a ɛwɔ Bet-El apuei a ɛbɛn Bet-Awen no. \p \v 3 Wɔsan bae no, wɔbɛka kyerɛɛ Yosua se, “Kurow no sua nti, ɛrenhia nnipa mpennu anaa mpensa sɛ wɔbɛsɛe kuropɔn no. Ɛho nhia sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ hɔ.” \v 4 Enti wɔde akofo bɛyɛ mpensa kɔɔ hɔ, nanso wodii Israelfo no so pasaa. Ai mmarima \v 5 taa Israelfo no fi kuropɔn no pon ano kosii Sebarim, na wokunkum wɔn mu nnipa bɛyɛ aduasa asia a na wɔreguan afi akono wɔ asiansian bi so. Ɛbaa saa no, ehu bɔɔ Israelfo no ma wɔbotowee. \p \v 6 Yosua ne ɔman ntuanofo no de abasamtu tetew wɔn ntade mu, tow mfutuma guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ \nd Awurade\nd* Adaka no anim kosii anwummere. \v 7 Afei, Yosua su frɛɛ Awurade se, “Otumfo \nd Awurade\nd*, adɛn na wode yɛn twaa Asubɔnten Yordan a wunim sɛ Amorifo no bekunkum yɛn? Sɛ yenim a, anka yɛtenaa Asubɔnten Yordan agya hɔ ara. \v 8 \nd Awurade\nd*, mprempren a Israelfo aguan afi wɔn atamfo anim yi, asɛm bɛn na menka? \v 9 Na sɛ Kanaanfo ne nnipa a wɔaka a wɔtete asase yi so te saa asɛm yi a, wobetwa yɛn ho ahyia na wɔatɔre yɛn afi asase yi so. Na afei dɛn na wobɛyɛ de ahyɛ wo din kɛse a ekura anuonyam no?” \p \v 10 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, “Sɔre! Adɛn nti na wode wʼanim abutuw hɔ saa? \v 11 Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wonnyaw mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. \v 12 Ɛno nti na Israelfo adi nkogu na wɔreguan afi wɔn atamfo anim. Mprempren de, wɔayi Israel asi hɔ ama ɔsɛe. Merenka mo ho bio, gye sɛ mosɛe biribiara a ɛwɔ mo nkyɛn a anka ɛsɛ sɛ mosɛe no. \p \v 13 “Sɔre! Kɔka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara nkodwira ne ho mma ɔkyena, na saa na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn se: Israel, mode nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wogyaw ma \nd Awurade\nd* no ahintaw mo mu. Morentumi nni mo atamfo so da kosi sɛ muyi saa nneɛma no fi mo mu. \p \v 14 “ ‘Adekyee mu no, abusuakuw biara bɛba, na \nd Awurade\nd* bɛkyerɛ abusuakuw a wɔn ho wɔ asɛm no. Saa abusuakuw no de wɔn mmusuaban no nso bɛba, na \nd Awurade\nd* bɛkyerɛ abusuaban a ne ho wɔ asɛm no. Saa abusuaban no nso bɛba, na \nd Awurade\nd* bɛkyerɛ ofi a ne ho wɔ asɛm no. Awiei no, ofi a ne ho wɔ asɛm no mu nnipa bɛba mmaako mmaako. \v 15 Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔbɛhyew no ne nʼagyapade nyinaa, efisɛ wabu \nd Awurade\nd* apam no so na wayɛ nea ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ” \s1 Akan Bɔne \p \v 16 Ade kyee anɔpahema no, Yosua de Israel mmusuakuw no baa \nd Awurade\nd* anim, na woyii Yuda abusuakuw no. \v 17 Afei Yuda mmusuaban baa anim, na woyii Serafo. Afei Serafo nyinaa baa \nd Awurade\nd* anim, na woyii Simrifo. \v 18 Na Simrifo baa mmaako mmaako na woyii Akan, Karmi ba. \p \v 19 Afei, Yosua ka kyerɛɛ Akan se, “Me ba, fa anuonyam ma \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, na ka nokware. Ka wo bɔne ne nea wayɛ kyerɛ me. Mfa nsie me.” \p \v 20 Akan buae se, “Mayɛ bɔne atia \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn. \v 21 Mihuu atade nguguso fɛfɛ bi a wɔkra fii Babilonia,\f + \fr 7.21 \fr*\ft Hebri mu no, Babilon yɛ Sinar.\ft*\f* dwetɛ kilogram abien ne fa ne sikakɔkɔɔ pema baako a ano si gram ahannum ne aduoson (570). Mʼani beree, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntamadan mu, na dwetɛ no de, ɛhyɛ fam kyɛn nkae no.” \p \v 22 Enti Yosua somaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ. Wotutuu mmirika kɔɔ ntamadan no mu kohuu awifode no sɛ wɔde asie wɔ hɔ, sɛnea Akan kae no ara pɛ, na ɔde dwetɛ no asie nneɛma a aka no ase tɔnn. \v 23 Wɔtasee nneɛma no fii ntamadan no mu de brɛɛ Yosua ne Israelfo no nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu fam wɔ \nd Awurade\nd* anim. \p \v 24 Afei, Yosua ne Israelfo no nyinaa faa Serah babarima Akan, dwetɛ no, atade nguguso no, sikakɔkɔɔ pema no, ne mmabarima, ne mmabea, nʼanantwi, ne mfurum, ne nguan, ne ntamadan ne nʼagyapade nyinaa na wɔde no baa Akora bon mu. \v 25 Yosua bisaa Akan se, “Adɛn nti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, \nd Awurade\nd* de ɔhaw bɛbrɛ wo.” \p Na Israelfo nyinaa siw Akan ne nʼabusuafo abo, hyew wɔn amu no. \v 26 Wɔsoaa abo guu Akan funu so hɔree no siw a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. Enti na wɔafrɛ saa beae hɔ Ɔhaw Bon no. Afei, \nd Awurade\nd* bo dwoe. \c 8 \s1 Israelfo Di Ai So \p \v 1 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro anaasɛ mma wo koma ntu. Fa wʼasraafo no nyinaa na kɔtow hyɛ Ai so, efisɛ mede Aihene, ne nkurɔfo, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo. \v 2 Wobɛsɛe wɔn sɛnea wosɛe Yeriko ne ne hene no. Nanso, saa bere yi de, mutumi fa asade ne anantwi no. Ma wʼasraafo no nkɔtɛw kuropɔn no akyi.” \p \v 3 Na Yosua ne Israel nsraadɔm no sii mu sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Ai so. Yosua yii asraafo mpem aduasa, somaa wɔn anadwo, \v 4 hyɛɛ wɔn se, “Monkɔtɛw wɔ ahintawee a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko. \v 5 Sɛ yɛn asraafo no tow hyɛ Ai so a, Ai mmarima befi adi abɛko, sɛnea wɔyɛɛ kan no, na yebeguan. \v 6 Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kosi sɛ wɔn nyinaa befi kuropɔn no mu. Na wɔbɛka se ‘Israelfo no reguan sɛnea wɔyɛɛ kan no.’ \v 7 Afei mubefi mo ahintawee hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn de bɛma mo. \v 8 Monto kuropɔn no mu gya sɛnea Awurade ahyɛ no. Munim nea ɛsɛ sɛ moyɛ.” \p \v 9 Enti wofii hɔ anadwo no kɔtɛw Bet-El ne Ai atɔe fam ntam. Nanso, Yosua de, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenae hɔ anadwo no. \p \v 10 Ade kyee anɔpahema no, Yosua nyan nʼakofo ma wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofo ka wɔn ho. \v 11 Wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Ai atifi fam a obon da wɔne kuropɔn no ntam. \v 12 Anadwo no, Yosua somaa asraafo mpem anum sɛ wɔnkɔtɛw Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔe fam. \v 13 Enti ɔmaa asraafo no mu fa kɛse gyinaa kuropɔn no atifi fam a na atɛwfo no bi nso wɔ kuropɔn no atɔe fam. Yosua ankasa de, ɔtenaa obon no mu anadwo no. \p \v 14 Aihene huu sɛ Israelfo no wɔ obon no fa nohɔ no, ntɛm so, ɔne nʼakofo nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfo no, tow hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na onnim sɛ atɛwfo bi wɔ kuropɔn no akyi. \v 15 Yosua ne ne Israel nsraadɔm no guan kɔɔ sare no so yɛɛ sɛnea Aifo no adi wɔn so, \v 16 enti Aifo no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfo no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa fii kuropɔn no mu. \v 17 Anka obiara wɔ Ai anaa Bet-el a wankɔtaa Israelfo, na wogyaw kurow no maa ano daa hɔ. \p \v 18 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, “Fa wo peaw no kyerɛ Ai so, na mede kuropɔn no bɛma wo.” Enti, Yosua yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ no no. \v 19 Yosua nyamaa atɛwfo no ara pɛ, wɔsɔree pankran bɔ wuraa kuropɔn no mu. Wɔfaa kuropɔn no na wɔtoo mu gya. \p \v 20 Aifo no hwɛɛ wɔn akyi huu sɛ wusiw kumɔnn aduru soro, na wɔannya baabi ankɔ, efisɛ Israelfo no a woguan kɔɔ sare so no dan wɔn ani taa wɔn. \v 21 Bere a Yosua ne Israelfo a wɔaka no huu sɛ atɛwfo no afa kuropɔn no, na wusiw ayɛ kumɔnn wɔ wim no, wɔdan wɔn ho bɛtow hyɛɛ Aifo no so. \v 22 Israelfo a na wɔwɔ kuropɔn no mu fii akyi hyɛɛ ase kunkum atamfo no. Enti Ai mmarima no dii nsensɛnmu na wɔn nyinaa wuwui. Anka obi biara. \v 23 Ai hene nko ara na wɔkyeree no anikann de no brɛɛ Yosua. \p \v 24 Bere a Israelfo nsraadɔm kunkum Ai mmarima a wopue fii kuropɔn no mu wiee no, wɔsan kɔɔ kuropɔn no mu kokunkum wɔn a wɔaka wɔ mu nyinaa. \v 25 Enti da no wokunkum nnipa a wɔwɔ Ai nyinaa; na wɔn ano si mpem dumien. \v 26 Yosua soo ne peaw no mu saa ara kosii sɛ wɔsɛee obiara a ɔte Ai no pasaa. \v 27 Anantwi ne agyapade a ɛwɔ kuropɔn no mu nko ara na wɔansɛe no; Israelfo no ankasa fae, sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Yosua no. \p \v 28 Enti, Yosua hyew Ai ma bɛdanee mmubui siw ne amamfo de besi nnɛ. \v 29 Yosua sɛn Ai hene wɔ dua bi so gyaw no wɔ dua no so kosii anwummere. Owia kɔtɔe no, Israelfo no yii amu no de no kɔtoo kuropɔn no pon ano. Wɔhyɛɛ abo siw wɔ ne so a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. \s1 Wɔhyɛ \nd Awurade\nd* Apam No Mu Den \p \v 30 Yosua sii afɔremuka maa \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, wɔ Ebal bepɔw so. \v 31 Odii nkyerɛkyerɛ a Mose a ɔyɛ \nd Awurade\nd* somfo akyerɛw wɔ Mmara Nhoma no mu a ese, “Fa abo a wontwae na wɔmfaa adwinnade nsinsenii ho si afɔremuka ma me” no so. Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre maa \nd Awurade\nd* wɔ afɔremuka no so. \v 32 Na Yosua kyerɛw Mose Mmara no guu afɔremuka no abo no so, bere a na Israelfo no rehwɛ no no. \v 33 Afei, wɔkyɛɛ Israelfo nyinaa; ahɔho ne ɔmanfo, ntuanofo, adwumayɛfo ne atemmufo nyinaa mu akuw abien. Kuw baako gyinaa Gerisim bepɔw ayaase na kuw baako nso gyinaa Ebal bepɔw ayaase. Akuw abien yi dii nhwɛanim. Na Lewifo asɔfo a wɔso \nd Awurade\nd* Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ eyinom nyinaa sɛnea \nd Awurade\nd* somfo Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyira Israelfo no te. \p \v 34 Afei, Yosua kenkan nhyira ne nnome nsɛm a Mose akyerɛw wɔ Mmara Nhoma no mu no kyerɛɛ wɔn. \v 35 Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmea, mmofra ne ahɔho a wɔne Israelfo no te no nso ka ho bi. \c 9 \s1 Gibeonfo Daadaa Israelfo \p \v 1 Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔe fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. Eyinom ne Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo ahemfo a na wɔtete mmepɔw nsase a ɛwɔ atɔe fam mmepɔw no ase ne Po Kɛse no mpoano kosi Lebanon atifi fam mmepɔw no so tɔnn. \v 2 Saa ahemfo yi boaa wɔn nsraadɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfo. \p \v 3 Nanso Gibeonfo tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no, \v 4 wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifo kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotoku a atetew ne mmoa nhoma nsa nkotoku a ayɛ dedaw na wɔatetare mu soaa wɔn mfurum. \v 5 Wɔhyehyɛɛ ntade dedaw ne mpaboa a akyɛ na wɔapempam. Afei wɔfaa brodo a abɔ ntuw sɛ wɔn aduan. \v 6 Woduu Israelfo atenae wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarima no se, “Yefi akyirikyiri man bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoe apam.” \p \v 7 Israelfo no buaa saa Hewifo\f + \fr 9.7 \fr*\ft Na Hewifo yɛ nnipa bi a wɔn ase fi Mesopotamia. 2 Samuel mu, wɔka se wɔyɛ Amonfo.\ft*\f* yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu sɛ monnte mmɛn ha? Efisɛ sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.” \p \v 8 Wobuae se, “Yɛbɛyɛ mo asomfo.” \p Yosua bisaa wɔn se, “Moyɛ ɛhefo na mufi he?” \p \v 9 Wobuaa se, “Yefi akyirikyiri asase bi so. Yɛate \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no kɛseyɛ ne nea ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa. \v 10 Afei yɛate nea ɔyɛɛ Amorifo ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no). \v 11 Ɛno nti, yɛn mpanyimfo ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Munsiesie mo ho mma akwantu tenten. Munkohyia Israelfo na mompae mu nka se “Yɛn nkurɔfo bɛyɛ wɔn asomfo na mompere asomdwoe.” ’ \v 12 Yɛresi mu no, na brodo yi yɛ hyerehyere a efi fonoo mu. Nanso sɛnea muhu no, akyenkyen na abɔ ntuw. \v 13 Saa mmoa nhoma nsa nkotoku yi, bere a yɛde nsa guu mu no na ɛyɛ foforo, nanso mprempren, apaapae ayɛ dedaw. Na yɛn ntade ne mpaboa nso, esiane akwantu tenten nti, atetew.” \p \v 14 Enti Israelfo no hwehwɛɛ wɔn brodo no ho nanso wɔammisa \nd Awurade\nd*. \v 15 Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoe apam no na Israel mpanyimfo no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu. \p \v 16 Nnansa akyi no, nokware no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfo no te bɛn. \v 17 Enti Israelfo no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no woduu wɔn nkurow no so. Saa nkurow no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim. \v 18 Nanso Israelfo no antow anhyɛ nkurow no so, efisɛ na wɔn mpanyimfo aka ntam akyerɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn. \p Esiane Apam no nti, Israelfo no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanyimfo no. \v 19 Na mpanyimfo no buae se, “Yɛaka ntam wɔ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. \v 20 Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yebu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo befuw yɛn. \v 21 Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asu ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfo no dii bɔ a wɔahyɛ Gibeonfo no so. \p \v 22 Na Yosua frɛɛ Gibeonfo mpanyimfo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mutwaa atoro kyerɛɛ yɛn? Adɛn nti na mokaa se mote akyirikyiri asase so wɔ bere a mote yɛn mu pɛɛ? \v 23 Nnome mmra mo so! Efi nnɛ rekɔ, mubebu nnua, atwe nsu de akɔ me Nyankopɔn fi.” \p \v 24 Wobuaa Yosua se, “Yɛyɛɛ saa, efisɛ wɔka kyerɛɛ yɛn se, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn hyɛɛ ne somfo Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yesuroo sɛ mubekunkum yɛn. Ɛno nti na ɛma yɛyɛɛ saa. \v 25 Mprempren yɛdan mo. Nea mususuw sɛ eye ma mo biara no, monyɛ.” \p \v 26 Yosua amma Israelfo no ankum wɔn. \v 27 Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfo no yɛɛ nnuabufo ne asukɔfo maa Israelfo ne Awurade afɔremuka no wɔ baabiara a \nd Awurade\nd* bɛka sɛ wonsi no no. Saa nhyehyɛe no wɔ hɔ de besi nnɛ. \c 10 \s1 Israel Di Atɔe Fam Ahemfo So \p \v 1 Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ hene, sɛnea wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ hene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfo ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam, na wɔayɛ baako. \v 2 Ɛno nti, ɔne ne nkurɔfo bo tuu yiye, efisɛ Gibeon yɛ kuropɔn kɛse te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sen Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofo a wɔyɛ den. \v 3 Enti Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforo bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn se, \v 4 “Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam.” \p \v 5 Enti Amorifo ahemfo baanum no de wɔn nsraadɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn nsraadɔm no gyinagyinae, na afei wɔtow hyɛɛ Gibeon so. \p \v 6 Na Gibeonfo no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Nnyaa wʼasomfo. Bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, efisɛ Amorifo ahemfo a wɔte mmepɔw so de wɔn nsraadɔm rebɛko atia yɛn.” \p \v 7 Enti Yosua ne Israel nsraadɔm nyinaa fii Gilgal sɛ wɔrekɔboa Gibeonfo. \v 8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.” \p \v 9 Yosua nantew anadwo mu no nyinaa fii Gilgal kofii Amorifo nsraadɔm no mu. \v 10 \nd Awurade\nd* ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfo no anim, na wokunkum wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfo no taa atamfo no faa ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn wɔ Aseka ne Makeda. \v 11 Bere a Amorifo reguan wɔ ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, \nd Awurade\nd* him abo akɛse guu wɔn so kosii sɛ woduu Aseka. Abo no kunkum wɔn mu bebree sen dodow a Israelfo de afoa kunkum wɔn no. \p \v 12 Da a \nd Awurade\nd* de Amorifo no hyɛɛ Israelfo no nsa no, Yosua bɔɔ \nd Awurade\nd* mpae wɔ Israelfo no anim se, \q1 “Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so \q2 na ɔsram nso nnyina wɔ Ayalon bon mu.” \q1 \v 13 Na owia ne ɔsram gyinaa dinn, \q2 kosii sɛ Israelfo dii atamfo no so. \m Wɔnkyerɛw saa nsɛm yi wɔ Teefo Nhoma no mu ana? \p Owia gyinae wɔ wim mfimfini na ankɔtɔ sɛnea ɛyɛ daa no. \v 14 \nd Awurade\nd* ko maa Israel da no. Ebi nsii saa da na bi rensi da sɛ saa da no a \nd Awurade\nd* tiee abisade sɛɛ fii onipa nkyɛn. \p \v 15 Na Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ Gilgal atenae hɔ. \s1 Yosua Kum Ahemfo Baanum \p \v 16 Ɔko no mu, ahemfo baanum no guan kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. \v 17 Yosua tee sɛ wɔahu wɔn no, \v 18 ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛse nsiw ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfo no nwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. \v 19 Mo a moaka no nso, montaa atamfo no na munkunkum wɔn mfi akyi. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkurow so, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.” \p \v 20 Enti Yosua ne Israel nsraadɔm toaa so kunkum wɔn, tɔree nsraadɔm anum no ase ma ɛkaa dɔm no kakraa bi a wotumi guan kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. \v 21 Afei, Israelfo no san baa Yosua nkyɛn asomdwoe mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel. \p \v 22 Afei, Yosua kae se, “Munyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.” \v 23 Wokoyii ahemfo baanum no fii ɔbodan no mu bae: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. \v 24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakofodɔm asahene no se, “Mommra mmetiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no. \p \v 25 Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafo no se, “Munnsuro na mommma mo aba mu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, efisɛ \nd Awurade\nd* rebɛyɛ eyi atia mo atamfo nyinaa.” \v 26 Yosua kunkum ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua anum so kosii anwummere. \p \v 27 Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wonyiyi ahemfo no amu no mfi nnua no so na wɔnkɔtow wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛw mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛse mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. \s1 Israelfo Sɛe Anafo Fam Nkuropɔn \p \v 28 Da no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kum obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ hene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Okum Makedahene te sɛnea okum Yerikohene no. \p \v 29 Afei, Yosua ne Israelfo no kɔɔ Libna kɔtow hyɛɛ wɔn so. \v 30 Ɛhɔ nso, \nd Awurade\nd* de kuropɔn no ne ɛhɔ hene no maa wɔn. Wokunkum obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefo baako po. Na Yosua kum Libnahene sɛnea okum Yerikohene no. \p \v 31 Yosua ne Israelfo no fi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔtow hyɛɛ wɔn so. \v 32 Na ne nnaanu so no, \nd Awurade\nd* de Lakis maa Israelfo. Ɛhɔ nso, wokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛnea wɔyɛɛ Libna no. \v 33 Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakofo bae sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kum no sɛee nʼakofo no nyinaa. \p \v 34 Ɛnna Yosua ne ne Israel nsraadɔm no kɔɔ Eglon kɔtow hyɛɛ so. \v 35 Wɔde da koro faa kurow no dommum na ɛhɔ nso, wokum obiara wɔ kuropɔn no mu sɛnea wɔyɛɛ Lakis. \p \v 36 Wofi Eglon no, wɔkɔtow hyɛɛ Hebron so, \v 37 faa hɔ ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛnea wɔyɛɛ Eglon no, wokunkum ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka. \p \v 38 Afei, wɔsan wɔn akyi kɔtow hyɛɛ Debir so. \v 39 Wɔfaa kuropɔn no, wɔn hene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wokum obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛnea wɔsɛee Libna ne Hebron no. \p \v 40 Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Odii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔw man no so, Negeb, atɔe fam nkoko ne wɔn a wɔte mmepɔw nsian so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefo baako mpo sɛnea \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, hyɛe no. \v 41 Yosua kunkum wɔn fi Kades-Barnea kosii Gasa, de fii Gosen\f + \fr 10.41 \fr*\ft Ɛnsɛ sɛ wɔde saa Gosen yi ma Gosen a ɛwɔ Nil hɔ no.\ft*\f* koduu Gibeon. \v 42 Akodi baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn nsase, efisɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, reko ama ne manfo. \p \v 43 Afei, Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn atenae wɔ Gilgal. \c 11 \s1 Israelfo Di Amantifi Ahemfo So \p \v 1 Bere a Hasorhene Yabin tee asɛm a asi no, ɔtoo ahemfo a wodidi so yi nkra denneennen: Madonhene Yobab, Simronhene ne Aksafhene; \v 2 ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔw so, ahemfo a wɔwɔ Yordan Bon a ɛda Galilea anafo fam; ahemfo a wɔwɔ atɔe fam nkoko so; ahemfo a wɔwɔ Nafɔt Dor atɔe fam; \v 3 Kanaan ahemfo a wɔwɔ apuei ne atɔe; Amorifo ahemfo ne Hetifo ahemfo ne Perisifo ahemfo ne ahemfo a wɔwɔ Yebusifo mmepɔw asase so; ne Hewifo a wɔwɔ nkurow a ɛwɔ Hermon bepɔw ase wɔ Mispa asase so. \v 4 Saa ahemfo yi nyinaa gyee pene, boaboaa wɔn nsraadɔm ano sɛ wɔbɛka abɔ mu ako atia Israel. Wɔn nsraadɔm no nyinaa apɔnkɔ dodow ne nteaseɛnam yɛɛ asase no so ma te sɛ mpoano nwea. \v 5 Wɔbɔɔ wɔn atenae wɔ asu a ɛbɛn Merom ho sɛ wɔrebɛko atia Israel. \p \v 6 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn. Ɔkyena sesɛɛ bere mu na wɔn nyinaa atotɔ. Bubu wɔn apɔnkɔ no nan na hyew wɔn nteaseɛnam no.” \p \v 7 Na Yosua ne nʼakofo kɔɔ Merom asu no ho kɔtow hyɛɛ wɔn so mpofirim. \v 8 Na \nd Awurade\nd* ma wodii wɔn atamfo no so nkonim. Israelfo no taa wɔn ara kosii Sidon Kɛse ne Misrefot-Maim ho ne Mispa Bon no mu wɔ apuei fam, kosii sɛ atamfo no akofo baako mpo anka. \v 9 Ɛnna Yosua bubuu apɔnkɔ no anan, san hyew nteaseɛnam no sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ wɔn no. \p \v 10 Yosua san nʼakyi begyee Hasor kurow no fae, kum ɛhɔ hene. (Na anka Hasor yɛ saa ahemman nkabom no nyinaa kuropɔn.) \v 11 Israelfo no sɛee biribiara a nkwa wɔ mu wɔ kuropɔn no so. Wɔannya ɔkra fua mpo. Na Yosua too Hasor kuropɔn no mu gya. \p \v 12 Yosua kunkum ahemfo a wɔaka no nyinaa ne wɔn manfo sɛee wɔn pasaa sɛnea Mose, \nd Awurade\nd* somfo, hyɛe no pɛpɛɛpɛ. \v 13 Mmom, Yosua anhyew kuropɔn biara a esi siw so gye Hasor. \v 14 Na Israelfo no faa asade ne anantwi a wɔwɔ nkurow mmubui no mu nanso wokum emu nnipa no nyinaa. \v 15 Sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ ne somfo Mose no, saa ara na Mose nso hyɛɛ Yosua. Na Yosua nso yɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ no no, dii nea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose no nyinaa so. \p \v 16 Enti Yosua ko gyee ɔmantam no nyinaa a ɛyɛ mmepɔw man, Negeb, Gosen asase, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, Israel mmepɔw ne nsase tataw fae. \v 17 Enti afei, Israel nsase bɛyɛɛ nea efi Halak bepɔw a ekosi Seir wɔ atifi fam toa so kɔ Baal-Gad a ɛwɔ Bepɔw Hermon ase wɔ Lebanon bon mu. Yosua kunkum nsase no so ahemfo nyinaa, \v 18 wɔ mmere tenten akokoakoko mu. \v 19 Kurow biara nni ɔmantam yi mu a ɔne Israelfo yɛɛ asomdwoe apam gye sɛ Hewifo a wɔte Gibeon no. Wodii wɔn a aka no nyinaa so nkonim. \v 20 \nd Awurade\nd* pirim wɔn koma ma wɔko tiaa Israelfo wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ wɔ ne wɔn yɛ asomdwoe nhyehyɛe. Enti wɔsɛee wɔn pasaa a ahummɔbɔ biara nni mu sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose no. \p \v 21 Saa bere no mu, Yosua tɔree Anak asefo a na wɔte bepɔw nkurow Hebron, Debir, Anab ne bepɔw man Yuda ne Israel nyinaa ase. Okum wɔn nyinaa na ɔsɛee wɔn nkurow no pasaa. \v 22 Wɔn mu ɔbaako koraa anka wɔ Israel asase so, mmom, wɔn mu bi kaa Gasa, Gat ne Asdod. \p \v 23 Enti Yosua faa asase no nyinaa sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose no. Ɔde maa Israelfo sɛ wɔn agyapade sononko kyekyɛɛ mu maa mmusuakuw no. Enti awiei no asase no so dwoe. \c 12 \s1 Ahemfo A Wodii Wɔn So Wɔ Yordan Apuei Fam \li4 \v 1 Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho. \b \li1 \v 2 Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so. \li2 Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho. \li2 \v 3 Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase. \li1 \v 4 Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so. \li2 \v 5 Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho. \b \li4 \v 6 Na Mose a ɔyɛ \nd Awurade\nd* somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no. \s1 Yordan Apuei Fam Ahemfo A Wodii Wɔn So \p \v 7 Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade, \v 8 a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.) \b \li4 Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim: \b \tr \tc1 \v 9 Yerikohene \tcr2 baako \tr \tc1 Ai a ɛbɛn Bet-El hene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 10 Yerusalemhene \tcr2 baako \tr \tc1 Hebronhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 11 Yarmuthene \tcr2 baako \tr \tc1 Lakishene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 12 Eglonhene \tcr2 baako \tr \tc1 Geserhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 13 Debirhene \tcr2 baako \tr \tc1 Gaderhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 14 Hormahene \tcr2 baako \tr \tc1 Aradhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 15 Libnahene \tcr2 baako \tr \tc1 Adulamhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 16 Makedahene \tcr2 baako \tr \tc1 Bet-Elhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 17 Tapuahene \tcr2 baako \tr \tc1 Heferhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 18 Afekhene \tcr2 baako \tr \tc1 Lasaronhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 19 Madonhene \tcr2 baako \tr \tc1 Hasorhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 20 Simronhene \tcr2 baako \tr \tc1 Aksafhene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 21 Taanakhene \tcr2 baako \tr \tc1 Megidohene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 22 Kedeshene \tcr2 baako \tr \tc1 Yokneam a ɛwɔ Karmel ase hene \tcr2 baako \tr \tc1 \v 23 Dor a ɛwɔ Dor koko so hene, \tcr2 baako \tr \tc1 amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene ne \tcr2 baako \tr \tc1 \v 24 Tirsahene \tcr2 baako \b \tr \tc1 \tcr2 Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako. \c 13 \s1 Asase A Aka \p \v 1 Bere a Yosua\f + \fr 13.1 \fr*\ft Na Yosua adi mfe bɛyɛ aduɔkron kosi ɔha. Na Kaleb adi mfe aduɔwɔtwe anum. Na Gesurfo te Palestina anafo fam a ɛbɛn Misraim mpoano.\ft*\f* bɔɔ akwakoraa no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Worebɔ akwakoraa nso nsase pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woko di so. \b \li4 \v 2 “Ɛsɛ sɛ nnipa no tena Filistifo ne Gesur, \b \li1 \v 3 “nsase a na ɛyɛ Kanaanfo de no so. Saa asase yi fi asu Sihor a ɛda Misraim hye so a ɛsen fa atifi fam kosi Ekron hye so, \li1 \v 4 a Filistifo nkurɔpɔn anum a ɛyɛ Gasa, Asdod, Askelon, Gat ne Ekron nso ka ho. Awifo asase a ɛda anafo fam no nso, wɔnnko nnii so ɛ. Atifi fam nso, wɔnnko nnii saa nsase yi so ɛ; \li1 Kanaan asase nyinaa a Meara a ɛyɛ Sidonfo de no, de kosi Afek, kodu Amorifo hye so \li1 \v 5 ne Gebalfo asase \li1 ne Lebanon nyinaa wɔ apuei fam, de fi Baal-Gad a ɛda Hermon bepɔw ase, de kosi Hamat fam. \b \p \v 6 “Mmepɔw asase a efi Lebanon kosi Misrefot-Maim nyinaa a Sidonfo nsase nyinaa ka ho. Metu saa nnipa no nyinaa afi asase no so na mede ama Israelfo. Enti hwɛ na fa saa asase no ma Israelfo sɛ agyapade sononko sɛnea mahyɛ wo no. \v 7 Fa saa asase yi nyinaa sɛ Israelfo agyapade bere a worekyekyɛ mu ama mmusuakuw akron no ne Manase abusua fa no.” \s1 Wɔkyekyɛ Yordan Apuei Fam Asase Mu \li4 \v 8 Manase abusua fa, Rubenfo ne Gadfo de, na wɔanya wɔn agyapade wɔ Yordan apuei fam, efisɛ na Mose a ɔyɛ \nd Awurade\nd* somfo no de saa asase no ama wɔn dedaw. \li1 \v 9 Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so kosi Dibon. \v 10 Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon kosi Amonfo hye so nkurow nyinaa nso ka ho. \li1 \v 11 Gilead, asase a ɛwɔ Gesur ne Maaka ahemman mu, Bepɔw Hermon nyinaa, Basan nyinaa de kosi Saleka ka ho, \v 12 na Basanhene Og a odii hene wɔ Astarot ne Edrei nsase nyinaa nso ka ho. Ɔhene Og yɛ Rafatni a otwa to, efisɛ na Mose ne wɔn ako apam wɔn. \v 13 Nanso Israelfo no antu Gesurfo ne Maakafo enti wɔtenaa Israelfo no mu de besi nnɛ. \s1 Lewi Abusuakuw Agyapade \li1 \v 14 Na Lewi abusuakuw no de, wamma wɔn agyapade biara. Wɔn agyapade fi afɔrebɔde a wɔhyew wɔ afɔremuka so ma \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn no. \s1 Ruben Abusuakuw Asase \li4 \v 15 Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw mu. \li1 \v 16 Wɔn asase no fi Aroer a ɛda Arnon Subon no ano (ne kurow a ɛda nsuka no mfimfini) de kɔ sare a ɛtoa Medeba so. \v 17 Nkurow ne nkuraase a ɛkeka ho ni: Hesbon ne nkurow a ɛdeda sare so te sɛ Dibon, Bamot-Baal ne Bet-Baal-Meon, \v 18 Yahas, Kedemot, Mefaat, \v 19 Kiriataim, Sibma ne Seret-Sahar, a ɛdeda obon no koko so, \v 20 Bet-Peor, Pisga nsian mu ne Bet-Yesimot. \v 21 Nkurow a ɛwɔ tataw so nyinaa ne Sihon ahemman nyinaa nso ka Ruben asase no ho. Sihon yɛ Amorihene a na odi ade wɔ Hesbon, nea Mose kum no ne Midian ahemfo a wɔne Ewi, Rekem, Sur, Hur, Reba ne ahenemma a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wɔne Sihon yɛ baako. \v 22 Israelfo no kum Beor babarima nkonyaayifo bi a na wɔfrɛ no Balaam. \li4 \v 23 Yordan Asubɔnten no yɛ Ruben asase no hye wɔ atɔe fam. Wɔde nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ Ruben abusuakuw no mu sɛ wɔn agyapade. \s1 Gad Abusuakuw No Asase \li4 \v 24 Mose de saa asase yi maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu. \li1 \v 25 Wɔn asase no yɛ Yaser, Gilead nkurow nyinaa, ne Amon asase no fa, kosi Aroer kurow a ɛwɔ Raba atɔe fam pɛɛ. \v 26 Na efi Hesbon de kosi Ramat-Mispa ne Betonim de fi Mahanaim de kosi Debir. \v 27 Obon no mu na na Bet-Haram ne Bet-Nimra ne Sukot ne Safon ne Hesbonhene Sihon ahemman no nkae wɔ; Asubɔnten Yordan na na ɛyɛ atɔe fam hɔ hye na ɛtoa so de kosi Galilea po no mu. \li4 \v 28 Nkurow ne nkuraa a ɛwɔ saa beae yi na wɔde maa mmusua a ɛwɔ Gad abusuakuw mu sɛ wɔn agyapade. \s1 Asase A Wɔde Maa Manase Abusuakuw Fa No \li4 \v 29 Mose de saa beae yi maa mmusua a ɛwɔ \li1 \v 30 Na wɔn asase no fi Mahanaim, Basan nyinaa, ɔhene Og kan tete ahemman nyinaa ne nkurow aduosia a ɛwɔ Yair a ɛwɔ Basan no. \v 31 Gilead fa ne ɔhene Og ahenkurow, Astarot ne Edrei ka ho. \li4 Wɔde eyinom nyinaa maa Makir a na ɔyɛ Manase babarima no asefo. \b \li4 \v 32 Eyinom yɛ nkyekyɛmu a Mose yɛe bere a na ɔwɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan akyi, Yeriko apuei fam. \v 33 Nanso Mose amma Lewi abusuakuw no asase biara, efisɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ wɔn agyapade. \c 14 \s1 Yordan Atɔe Fam Asase No Mu Kyekyɛ \p \v 1 Israelfo mmusuakuw nkae no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapade, sɛnea ɔsɔfo Eleasar,\f + \fr 14.1 \fr*\ft Aaron babarima ne Eleasar.\ft*\f* Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw ntuanofo no de maa wɔn no. \v 2 Saa mmusuakuw akron ne fa yi nam ntontobɔ so na wonyaa wɔn agyapade no sɛnea \nd Awurade\nd* faa Mose so hyɛe no. \v 3 Na Mose ama mmusuakuw abien ne fa no nsase sɛ wɔn agyapade wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam dedaw. \v 4 Yosef abusuakuw no de, na abɛyɛ mmusuakuw abien a wɔne Manase ne Efraim. Lewifo no de, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkurow a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nguan ne wɔn anantwi bɛkɔ so adidi. \v 5 Enti asase no mu kyekyɛ no, wogyinaa mmara a \nd Awurade\nd* de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ. \s1 Kaleb Bisa Nʼasase Ase \p \v 6 Wotuu asomafo fi Yuda abusuakuw mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua se, “Kae asɛm a \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn nipa, a ɛfa me ne wo ho, bere a na yɛwɔ Kades-Barnea no. \v 7 Bere a Mose, \nd Awurade\nd* somfo no somaa me fi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfe aduanan. Mesan mʼakyi na mifi koma pa mu bɛkaa nea mihuu nyinaa, \v 8 nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔe no hunahunaa nnipa no, buu wɔn aba mu sɛ wonntu wɔn nan nsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu de, mede me ho nyinaa dii \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn akyi. \v 9 Enti saa da no, Mose hyɛɛ me bɔ se, ‘Kanaan asase a wokɔnantew so yi bɛyɛ wo ne wʼasefo agyapade sononko daa nyinaa, efisɛ wufi wo koma nyinaa mu adi \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn akyi.’ \p \v 10 “Afei, sɛnea wuhu yi, \nd Awurade\nd* ahwɛ me so yiye mfe aduanan anum fi bere a Mose hyɛɛ saa bɔ yi bere a na Israelfo nenam sare so no. Nnɛ, madi mfe aduɔwɔtwe anum. \v 11 Me ho yɛ den nnɛ te sɛ da a Mose somaa me no na metumi atu kwan akɔ ɔko ano mprempren te sɛ kan no. \v 12 Enti merebisa na wode bepɔw asase a \nd Awurade\nd* de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafo no, yehuu sɛ Anakfo tete nkuropɔn akɛse a wato ɔfasu afa ho mu. Nanso sɛ \nd Awurade\nd* ka me ho a, mɛpam wɔn afi asase no so sɛnea \nd Awurade\nd* kae no.” \p \v 13 Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapade. \v 14 Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefo de, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii \nd Awurade\nd* Israel Nyankopɔn akyi. \v 15 Kan no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfo mu okunini pa ara bi. \p Na akokoakoko fii asase no so. \c 15 \s1 Yuda Abusuakuw No Asase \li4 \v 1 Asase a wɔde maa mmusua a wobom yɛ Yuda abusuakuw no koduu Edom hye so wɔ anafo fam, na Sin sare so na ɛkɔpem. \b \li1 \v 2 Anafo fam hye no fitii ase wɔ Nkyene Po no awiei a ɛwɔ anafo fam, \v 3 sen faa Akrabbim kosii Sin sare so. Ɛtoaa so kɔɔ Kades-Barnea anafo fam kosii Hesron. Afei ɛkɔɔ soro kosii Adar na ɛpono kɔɔ Karka. \v 4 Etwaa mu ha kɔɔ Asmon koduu Misraim asuwa no ho, na ɛfaa ho ara kowiee wɔ Po Kɛse no mu. Eyi ne wɔn anafo fam hye. \li1 \v 5 Apuei fam hye no fi Nkyene Po no kodu Asubɔnten Yordan ano. \li1 Atifi fam hye no fi beae a Asubɔnten Yordan bɔ Nkyene Po no mu, \v 6 twa mu kɔ Bet-Hogla, na afei akɔ Bet-Araba atifi fam, akɔka Bohan bo (Na Bohan yɛ Ruben babarima) no ho. \v 7 Efi hɔ a, ɛkɔfa Akɔr bon no mu kɔka Debir, na ɛdan wɔ atifi fam kyerɛ Gilgal, a etwa mu fi Adumim nsian mu wɔ anafo fam wɔ obon no nkyɛn mu. Efi hɔ a, ɔhye no sen kosi En-Semes nsu no ano, na akɔpem En-Rogel. \v 8 Afei, ɔhye no fa Hinom babarima bon no mu, kɔfa Yebusifo anafo nsian so, nea Yerusalem kuropɔn no da. Afei ɛkɔ atɔe fam wɔ bepɔw no apampam, toa so kɔ Hinom bon no so kosi Refaim bon ano wɔ atifi fam. \v 9 Efi hɔ a, ɔhye no toa so kɔfa bepɔw no apampam kɔ Neftoa asuti no nsu ho, fi hɔ akɔ nkurow a ɛdeda Efron bepɔw so no. Na ebukaw kɔ Baala (a ɛyɛ Kiriat-Yearim.) \v 10 Ɔhye no twa fa Baala ho wɔ atɔe fam kosi bepɔw Seir so, ɛkɔ ara kosi Kesalon kurom wɔ bepɔw Yearim atifi nsian so, na akɔ fam akosi Bet-Semes ne Timna. \v 11 Ɔhye no kɔɔ ara kosii bepɔw no nsian a ɛwɔ Ekron atifi fam no, dan kyerɛɛ Sikron, faa hɔ kɔɔ Baala bepɔw no de koduu Yabneel. Ɔhye no kɔpem Po Kɛse no. \li1 \v 12 Na atɔe fam hye no nso ne Ntam Po no mpoano. \b \li4 Eyinom ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda mmusuakuw no ahye. \s1 Asase A Wɔde Maa Kaleb \p \v 13 \nd Awurade\nd* hyɛɛ Yosua se ɔmfa Yuda asase no bi mma Yefune babarima Kaleb. Enti, wɔde kuropɔn Arba (a ɛyɛ Hebron) a wɔde too Anak tete agya no maa no. \v 14 Na Kaleb tuu Sesai, Ahiman ne Talmai a wɔyɛ Anak asefo no fii hɔ. \v 15 Afei, ɔko tiaa nnipa a na wɔte kurow Debir (a kan no na wɔfrɛ no Kiriat-Sefer) no. \v 16 Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.” \v 17 Ɛnna Kaleb nua Kenas babarima Otniel dii so nti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. \p \v 18 Aksa waree Otniel no, ɔhyɛɛ no sɛ ommisa nʼagya Kaleb na ɔmfa asase no bi nka ho. Aksa fii nʼafurum so sii fam no, Kaleb bisaa no se, “Dɛn na menyɛ mma wo?” \p \v 19 Ɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ me adom sononko. Woayɛ adom, ama me Asase wɔ Negeb; ma me nsuwansuwa asase nso.” Enti Kaleb maa no ɔsoro ne fam nsuwansuwa asase. \s1 Nkurow A Ɛbɛyɛɛ Yuda Agyapade \li4 \v 20 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Yuda abusuakuw no agyapade. \b \li1 \v 21 Na Yudafo nkurow a ɛdeda Edom ahye so wɔ anafo pɛɛ no ne: \li2 Kabseel ne Eder ne Yagur, \v 22 Kina ne Dimona ne Adada, \v 23 Kedes ne Hasor ne Itnan, \v 24 Sif ne Telem ne Bealot, \v 25 Hasor-Hadata ne ne Keriot Hesron (a ɛne Hasor), \v 26 Amam ne Sema ne Molada, \v 27 Hasar-Gada ne Hesmon ne Bet-Pelet, \v 28 Hasar-Sual ne Beer-Seba ne Bisotia, \v 29 Baala ne Iim ne Esem, \v 30 El-Tolad ne Kesil ne Horma, \v 31 Siklag ne Madmana ne Sansana, \v 32 Lebaot ne Silhim ne Ain ne Rimon. Na saa nkurow yi nyinaa ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia dodow yɛ aduonu akron. \li1 \v 33 Saa nkurow a na ɛwɔ atɔe fam nkoko no so, a wɔde maa Yuda ni: \li2 Estaol ne Sora ne Asna. \v 34 Sanoa ne En-Ganim, Tapua ne Enam, \v 35 Yarmut ne Adulam, Soko ne Aseka, \v 36 Saaraim ne Aditaim ne Gedera ne Gederotaim. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunan. \li2 \v 37 Nea ɛka ho bio ne Senan ne Hadasa ne Migdal-gad, \v 38 Dilean ne ne Mispe ne Yokteel, \v 39 Lakis ne Boskat ne Eglon, \v 40 Kabon ne Lahmam ne Kitlis, \v 41 Gederot, Bet-Dagon ne Naama ne Makeda. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dunsia. \li2 \v 42 Eyinom akyi no na Libna ne Eter ne Asan, \v 43 Yifta ne Asna ne Nesib, \v 44 Keila ne Aksib ne Maresa ka ho. Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ akron. \li2 \v 45 Ekron nkurow ne nkuraa nyinaa ka Yuda asase ho, \v 46 efi Ekron no, ɔhye no trɛw de kɔ atɔe fam a nkurow a ɛbɛn Asdod ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia ka ho. \v 47 Saa ara na Asdod nkurow ne ne nkuraa, Gasa nkurow ne ne nkuraa kosi Misraim asuwa no, de kɔfa Po Kɛse no mpoano ka ho. \li1 \v 48 Yuda san nyaa nkurow a edidi so yi a na ɛwɔ nkoko asase so: \li2 Samir ne Yatir ne Soko, \v 49 Dana ne Kiriat-Sana a ɛne Debir, \v 50 Anab ne Estemo ne Anim, \v 51 Gosen ne Holon ne Gilo, Saa nkurow yi ne nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa dodow yɛ dubaako. \li2 \v 52 Na saa nkurow yi ka ho: Arab ne Duma ne Esan, \v 53 Yanum ne Bet-Tapua ne Afeka, \v 54 Humta ne Kiriat-Arba (a ɛyɛ Hebron) ne Sior. Nkurow akron ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. \li2 \v 55 Nkurow a edidi so yi nso ka ho: Maon, Karmel, Sif ne Yuta, \v 56 Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa, \v 57 Kain, Gibea ne Timna, nkurow du ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. \li2 \v 58 Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor, \v 59 Maarat ne Bet-Anot ne Eltekon ka ho, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. \li2 \v 60 Saa ara na Kiriat-Baal (a ɛne Kiriat-Yearim) ne Raba ka ho, nkurow abien ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. \li1 \v 61 Sare so nkurow no nso ne: \li2 Bet-Araba, Midin ne Sekaka, \v 62 Nibsan ne Nkyene kuropɔn no ne En-Gedi, nkurow asia ne ne nkuraa a atwa ho ahyia. \b \p \v 63 Na Yebusifo a wɔte Yerusalem no de, Yuda abusuakuw no antumi antu wɔn nti, Yebusifo ne Yuda abusuakuw no tenae de besi nnɛ. \c 16 \s1 Efraim Ne Manase Agyapade \li1 \v 1 Yosef asefo no kyɛfa fi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apuei fam, kɔfa sare no so kopue Bet-El bepɔw asase no so. \v 2 Efi Bet-El, a ɛyɛ Lus, a ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifo mantam mu. \v 3 Esian fa atɔe fam kosi Bet-Horon Anafo a ɛwɔ Yafletifo mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akosi Po Kɛse no mu. \b \li4 \v 4 Yosef mmabarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapade. \b \s1 Asase A Wɔde Maa Efraim \li4 \v 5 Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapade. \b \li1 Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei fam no fi Atarot-Adar. Efi hɔ kɔ Bet-Horon Soro, \v 6 na akɔ Po Kɛse no ho. Atifi fam hye no fi Po Kɛse no, ɛfa apuei fam, twa mu wɔ Mikmetat, na akɔntɔn afa apuei fam, atwa mu wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apuei fam. \v 7 Efi Yanoa a, ɛdan fa anafo fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan. \v 8 Efi Tapua a, ɔhye no kɔ atɔe fam, nam Kana Suka no mu kosi Po Kɛse no. Saa agyapade yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuw no. \li1 \v 9 Wɔde nkurow bi ne wɔn nkuraase a ɛwɔ Manase abusuakuw no fa mantam mu maa Efraim. \b \p \v 10 Wɔampam Kanaanfo no amfi Geser, enti Geserfo te hɔ sɛ nkoa de besi nnɛ. \c 17 \p \v 1 Wɔde asase no fa a ɛda atɔe fam no maa Manase abusuakuw no fa a ɔyɛ Yosef babarima panyin no asefo. Na wɔde Gilead ne Basan a ɛda Yordan apuei fam no ama Makir abusua no dedaw, efisɛ na ɔyɛ ɔkofo kɛse. (Na Makir yɛ Manase babarima panyin ne Gilead agya.) \v 2 Asase a ɛda Yordan atɔe fam no, wɔde maa mmusua nkae a wɔwɔ Manase abusuakuw mu a wɔn ne: Abieser, Helek, Asriel, Sekem, Hefer ne Semida. \p \v 3 Nanso na Hefer babarima Selofehad a na ɔno nso yɛ Manase, Makir ne Gilead aseni no nni mmabarima. Mmom, na ɔwɔ mmabea baanum. Na wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. \v 4 Saa mmea yi baa ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel ntuanofo no nkyɛn bɛkae se, “\nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn ne mmarima a wɔwɔ yɛn abusuakuw mu no agyapade.” Enti Yosua maa wɔn ne wɔn agyanom agyapade sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛe no. \v 5 Ɛno nti Manase agyapade bɛyɛɛ nsaseteaa du a Gilead ne Basan a ɛdeda Asubɔnten Yordan agya no ka ho, \v 6 efisɛ Manase asefo a wɔyɛ mmea no ne wɔn a wɔyɛ mmarima nyaa agyapade. (Wɔde Gilead asase no maa Manase asefo a wɔyɛ mmarima nkae no). \b \li1 \v 7 Manase abusuakuw no hye no fi Aser hye ano kosi Mikmetat, a ɛwɔ Sekem apuei fam. Afei, ɔhye no fi Mikmetat kɔ anafo fam, kosi nnipa a wɔte bɛn Tapua nsu no ho no. \v 8 (Asase a atwa Tapua ho ahyia no yɛ Manase dea, nanso Tapua kurow no a ɛda Manase mantam no hye so no yɛ Efraim abusuakuw no dea.) \v 9 Manase hye no fi Tapua asu no, nenam Kana suka atifi kosi Po Kɛse no. (Nkurow bebree a ɛwɔ Manase mantam mu no yɛ Efraim abusuakuw no dea.) \v 10 Asase a ɛda suka no anafo fam no yɛ Efraim dea, na nea ɛda atifi fam nso yɛ Manase de; na Po kɛse no yɛ Manase asase no hye wɔ atɔe fam. Aser asase no da Manase de no atifi fam, na Isakar asase no nso da apuei fam. \li1 \v 11 Wɔde saa nkurow a ɛwɔ Isakar ne Aser mantam mu no maa Manase: Bet-Sean, Yibleam, Dor (a ɛyɛ Nafɔt Dor), En-Dor, Taanak ne Megido ne wɔn nkuraa. \b \p \v 12 Nanso Manase asefo no antumi amfa saa nkurow yi. Wɔantumi antu Kanaanfo a na wɔte hɔ no. \v 13 Akyiri no, bere a Israelfo nyaa ahoɔden no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. Nanso wɔampam wɔn amfi asase no so. \p \v 14 Yosef asefo baa Yosua nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na woama yɛn asasetaw baako pɛ wɔ bere a \nd Awurade\nd* ama yɛn ase adɔ?” \p \v 15 Yosua buaa se, “Sɛ Efraim bepɔw asase no sua ma mo a, monkɔdɔw kwae a Perisifo ne Refaitefo te so no.” \p \v 16 Na wobuae se, “Bepɔw so asase no sua ma yɛn, na Kanaanfo a wɔwɔ bepɔw no ase nsase a atwa Bet-Sean ne Yesreel bon ho ahyia no wɔ nnade nteaseɛnam, na wɔn ho yɛ den dodo ma yɛn.” \p \v 17 Na Yosua ka kyerɛɛ Efraim ne Manase mmusuakuw a wɔyɛ Yosef asefo no se, “Esiane sɛ mo dɔɔso na mo ho yɛ den nti, mubenya nsasetam no bi aka baako no ho. \v 18 Wɔde kwae a ɛda bepɔw no so no bɛka mo ho. Monnɔw asase no sɛnea mubetumi biara na montena hɔ. Ɛwɔ mu sɛ Kanaanfo no ho yɛ den na wɔwɔ nnade nteaseɛnam, nanso mewɔ awerehyɛmu sɛ mubetumi apam wɔn afi obon no mu.” \c 18 \s1 Asase A Aka No Mu Kyekyɛ \p \v 1 Afei a asase no abedi Israelfo nsam no, Israelfo nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo\f + \fr 18.1 \fr*\ft Silo a efi Yerusalem kɔ hɔ no yɛ kilomita aduanan no bɛyɛɛ amanyɛsɛm ne gyidi som man wɔ Israel. Na Ahyiae Ntamadan no si hɔ ara kosii Samuel bere so (\+xt 1 Sam 4.1-11\+xt*) a wɔde kɔɔ Gibeon (\+xt 1 Be 21.29\+xt*).\ft*\f* na wosii hyiadan. \v 2 Nanso na aka mmusuakuw ason a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn ɛ. \p \v 3 Enti Yosua bisaa wɔn se, “Moretwɛn akosi da bɛn ansa na moafa asase no nkae a \nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no? \v 4 Munyi nnipa baasa mfi abusuakuw biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wonnii hɔ so no. Wɔsan ba a, wɔbɛkyerɛw nea wohui agu krataa so akyerɛ me sɛnea wɔbɛkyekyɛ agyapade no. \v 5 Akwansrafo no bɛkyekyɛ asase no mu ason, na wɔmmfa Yuda asase a ɛda anafo fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho. \v 6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho tew wɔ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuw biara. \v 7 Nanso Lewifo no rennya asase biara. Wɔn dwumadi sɛ \nd Awurade\nd* asɔfo no bɛyɛ wɔn agyapade. Na Gad ne Ruben mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no nso nnya asase no bi bio, efisɛ wɔanya wɔn agyapade a Mose a ɔyɛ \nd Awurade\nd* somfo de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no dedaw.” \p \v 8 Mmarima a wɔrekosusuw asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsan mfa nea muhui ho nsɛm a moakyerɛw agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no \nd Awurade\nd* anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuw no.” \v 9 Mmarima no yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu ason, kyerɛw nkurow a ɛwɔ asase no nkyekyɛ mu biara so. Wɔsan kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenae hɔ. \b \li4 \v 10 Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ \nd Awurade\nd* anim de pɛɛ asasetaw a ɛsɛ sɛ abusuakuw biara fa. \s1 Asase A Wɔde Maa Benyamin \li4 \v 11 Asase no nkyekyɛ mu a edi kan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuw no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuw no ntam. \li1 \v 12 Atifi fam hye no fi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsian no atifi, na afei, afa bepɔw mantam ne Bet-Awen sare so akɔ atɔe fam. \v 13 Ɔhye no fi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafo fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔw atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafo wɔ anafo fam. \li1 \v 14 Afei ɔhye no fa anafo fam, nam bepɔw a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔe fam no ntentenso, kosi Kiriat-Yearim, a ɛyɛ Kiriat-Baal akuraa; Yuda abusuakuw no nkurow no mu baako. Eyi ne atɔe fam hye. \li1 \v 15 Anafo fam hye no, fi Kiriat-Yearim mfikyiri. Efi hɔ fa atɔe fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asuti ho, \v 16 na asian akɔ bepɔw a ɛwɔ Hinom bon a ɛwɔ Refaim bon no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafo fam, na atwam wɔ nsian a na Yebusifo te no anafo fam na akodu En-Rogel. \v 17 Ɔhye no fi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kosi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanim na afei asian akɔ Bohan a na ɔyɛ Ruben babarima no bo ho. \v 18 Ɛtoa so fa nsian a ɛhwɛ Yordan Bon no atifi fam. Afei ɔhye no kɔ obon no mu, \v 19 ɛkɔfa Bet-Hogla nsian no atifi fam na akɔpem Nkyene Po no atifi awiei ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafo fam abɔe. \li1 \v 20 Apuei fam hye no yɛ Asubɔnten Yordan. \li4 Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no. \s1 Nkurow A Wɔde Maa Benyamin \li4 \v 21 Nkurow a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw na edidi so yi: \li1 Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis, \v 22 Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El, \v 23 Awim, Para ne Ofra, \v 24 Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkurow dumien ne wɔn nkuraa. \li1 \v 25 Gibeon, Rama ne Beerot, \v 26 Mispa, Kefira ne Mosa, \v 27 Rekem, Yirpeel ne Tarala, \v 28 Sela, Ha-Elef ne Yebusifo kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkurow dunan ne wɔn nkuraa. \li4 Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no. \c 19 \s1 Asase A Wɔde Maa Simeon \li4 \v 1 Asase no nkyemu a ɛto so abien no kɔɔ Simeon abusuakuw no nsam. Na Yuda asase atwa wɔn ho ahyia. \v 2 Na nea edidi so yi ne Simeon agyapade: \li1 Beer-Seba, Seba ne Molada, \v 3 Hasar-Sual, Bala ne Esem, \v 4 Eltolad, Betul ne Horma, \v 5 Siklag, Bet-Markabot ne Hasar-Susa, \v 6 Bet-Lebaot ne Saruhen. Nkurow dumiɛnsa ne wɔn nkuraa. \li1 \v 7 Nkurow a ɛka ho bio ne Ain, Rimon, Eter ne Asan, nkurow anan ne wɔn nkuraa, \v 8 ne nkuraa a ɛwɔ anafo fam kosi Baalat-Beer, nea ɛwɔ Negeb a wɔfrɛ no Rama no. \li4 Eyi ne mmusua a wɔwɔ Simeon abusuakuw mu no agyapade. \v 9 Wɔn agyapade no yɛ Yuda de no fa bi a wɔde maa Yuda, efisɛ na Yuda asase no so dodo ma wɔn. Ɛno nti, Simeon abusuakuw no nyaa wɔn agyapade fii Yuda asase no mu. \s1 Asase A Wɔde Maa Sebulon \li4 \v 10 Asase no nkyemu a ɛto so abiɛsa no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no nsam. \li1 Sebulon agyapade hye no fi ase wɔ Sarid. \v 11 Efi hɔ kɔ atɔe fam, kɔpa Marala ho na akɔka Dabeset. Ɛfa hɔ kɔ Yokneam apuei fam asuwa ho. \v 12 Ɔhye no fa fi Sarid kɔ apuei fam kosi Kislot-Tabor; ɛtoa so kɔ Daberat na aforo akɔ Yafia. \v 13 Afei, ɛtoa so kɔ apuei fam kodu Gat-Hefer, Et-Kasin ne Rimon, na adan ahwɛ Nea. \v 14 Sebulon hye a ɛda atifi fam no fa Hanaton na ebewie wɔ Yifta-El bon mu. \li1 \v 15 Nkurow ɛwɔ asase yi so ne: Katat, Nahalal, Simron, Yidala ne Betlehem.\f + \fr 19.15 \fr*\ft Ɛsono Betlehem a wɔbɔ din wɔ ha yi na ɛsono Betlehem a ɛwɔ Yuda no (\+xt 1 Sam 17.12; Rut 1.1\+xt*).\ft*\f* Nkurow dumien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia. \li4 \v 16 Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Sebulon abusuakuw no agyapade. \s1 Asase A Wɔde Maa Isakar \li4 \v 17 Asase no nkyɛmufa a ɛto so anan no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuw no nsam. \li1 \v 18 Nʼahye nenam saa nkurow yi so: Yesreel, Kesulot ne Sunem, \v 19 Hafraim, Shion ne Anaharat, \v 20 Rabit, Kision ne Abes, \v 21 Remet, En-Ganim, En-Hada ne Bet-Pases. \li1 \v 22 Ɔhye no kɔfa Tabor, Sahasima ne Bet-Semes na akowie wɔ Asubɔnten Yordan ho. \li1 Nkurow dunsia ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia. \li4 \v 23 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Isakar abusuakuw no agyapade. \s1 Asase A Wɔde Maa Aser \li4 \v 24 Asase no nkyemu a ɛto so anum no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Aser abusuakuw no nsam. \v 25 Nʼahye no fa saa nkurow yi so: \li1 Helkat, Hali, Beten ne Aksaf, \v 26 Alamelek, Amad ne Misal. Ɔhye a ɛda atɔe fam no fi Karmel kɔ Sihor-Libnat, \v 27 na ebukaw fa apuei fam kɔ Bet-Dagon, kɔ ara kosi Sebulon wɔ Yifta-El bon no mu, kɔ atifi fam kodu Bet-Emek ne Neiel. Ɛtoa so kɔ atifi fam, kɔfa Kabul, \v 28 ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana, kɔ ara kosi Sidon Kɛse. \v 29 Afei ɔhye no dan kɔfa Rama ne Kuropɔn Tiro a wɔabɔ ho ban no besi Po Kɛse no ho wɔ Hosa. Nkurow a ɛwɔ asase no so bi ne Mehebel ne Aksib, \v 30 Uma, Afek ne Rehob, \li1 Nkurow aduonu abien ne wɔn nkuraa a atwa ho ahyia. \li4 \v 31 Eyi ne mmusua a ɛbɔ mu yɛ Aser abusuakuw no agyapade. \s1 Asase A Wɔde Maa Naftali \li4 \v 32 Asase no nkyemu a ɛto so asia no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuw no nsam. \li1 \v 33 Ne hye no fi Helef, Saananim dupɔn no ho, kɔfa Adami-Nekeb ne Yabneel, toa so kɔ Lakum kɔpem Asubɔnten Yordan. \v 34 Atɔe fam hye no twam wɔ Asnot-Tabor kɔ Hukok, kosi Sebulon hye no wɔ anafo fam, Aser hye wɔ atɔe fam ne Asubɔnten Yordan wɔ apuei fam. \li1 \v 35 Mantam yi mu nkuropɔn a na wɔabɔ ho ban no ne Sidim, Ser, Hamat, Rakat ne Kineret, \v 36 Adama, Rama ne Hasor, \v 37 Kedes, Edrei ne En-Hasor, \v 38 Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-Anat ne Bet-Semes. \li1 Nkurow dunkron ne wɔn nkuraase a atwa ho ahyia. \li4 \v 39 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Naftali abusuakuw no agyapade. \s1 Asase A Wɔde Maa Dan \li4 \v 40 Asase no nkyemu a ɛto so ason no kɔɔ mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuw no nsam. \li1 \v 41 Nkurow a na ɛwɔ Dan agyapade mu no bi yɛ Sora, Estaol ne Ir-Semes, \v 42 Saalabin, Ayalon ne Yitla, \v 43 Elon, Timna ne Ekron, \v 44 Elteke, Gibeton ne Baalat, \v 45 Yehud, Bene-Berak ne Gat-Rimon, \v 46 Me-Yarkon, Rakon ne asase a ɛda Yopa anim. \li4 \v 47 Nanso Dan abusuakuw no nyaa akwanside wɔ wɔn asase no fa ho enti wɔko tiaa Lesem. Wodii kurow no so, kunkum mu nnipa, faa hɔ, tenaa hɔ. Wɔde wɔn tete agya Dan din too kurow no. \li4 \v 48 Eyi ne mmusua a wɔbɔ mu yɛ Dan abusuakuw no agyapade, saa nkurow yi ne wɔn nkuraa. \s1 Asase A Wɔde Maa Yosua \li1 \v 49 Wɔkyekyɛɛ asase no mu maa Israel mmusuakuw no wiee no, Israelfo no maa Yosua asase sin sononko bi sɛ nʼagyapade. \v 50 Na \nd Awurade\nd* aka se kurow biara a Yosua pɛ no, ɔmfa. Yosua faa Timmat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɔkyekyeree kurow no foforo na ɔtenaa hɔ. \b \li4 \v 51 Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar, Nun babarima Yosua ne mmusuakuw mpanyimfo no nam ntontobɔ kronkron a wɔbɔɔ wɔ \nd Awurade\nd* anim wɔ hyiadan pon no ano wɔ Silo no de maa Israel mmusuakuw no. Enti ɛmaa asase no mu kyekyɛ baa awiei. \c 20 \s1 Guankɔbea Nkuropɔn \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yosua se, \v 2 “Afei, ka kyerɛ Israelfo no na wonyiyi guankɔbea nkuropɔn no sɛnea mehyɛɛ Mose no. \v 3 Obiara a wanhyɛ da na obekum obi no tumi guan kɔ nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho aguaa, sɛnea owufo no abusuafo no rentumi ntɔ okum no so were. \v 4 Sɛ onipa a wanhyɛ da na okum obi no du kuropɔn no bi so a, onkohu kuropɔn no mu mpanyimfo wɔ kuropɔn no pon ano na ɔnkyerɛ wɔn nea esii. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma owura kuropɔn no mu, na wɔne no tena. \v 5 Sɛ owufo no abusuafo ba sɛ wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no yi okumfo no ma, efisɛ ɛyɛ esiane. \v 6 Nanso ɛsɛ sɛ okumfo no tena kuropɔn no mu na ɔmanfo di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ owudifo no kɔ so tena kurow no mu, efisɛ owu no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akosi sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ hɔ saa bere no a asɛm no sii no bewu. Ɛno akyi, okumfo no wɔ ho kwan sɛ ɔsan kɔ ne kurom.” \p \v 7 Nkuropɔn a edidi so yi na woyiyi yɛɛ hɔ guankɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔw asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so. \v 8 Na Asubɔnten Yordan apuei fam nso a etwa mu fi Yeriko no, saa nkuropɔn a edidi so yi na woyiyii sɛ guankɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ sare pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuw de no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuw asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuw no asase. \v 9 Eyinom ne nkuropɔn a woyiyi maa Israelfo ne ahɔho a wɔne wɔn te no. Obiara a wamfi ɔboayɛ mu ankum ɔfoforo no, otumi kɔhwehwɛ guankɔbea wɔ saa nkuropɔn yi biara so. Sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so a wɔn a wɔrehwehwɛ aweretɔ no nsa renka awudifo no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfo asennii abeyi wɔn ho ano. \c 21 \s1 Nkurow A Wɔde Maa Lewifo \p \v 1 Afei, Lewifo abusua mu ntuanofo kɔɔ ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw a aka mu ntuanofo no nkyɛn. \v 2 Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so no se, “\nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkurow na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwi.” \b \li4 \v 3 Na sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛe no, wɔde nkurow a edidi so yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifo sɛ wɔn agyapade. \b \li1 \v 4 Aaron asefo a na wɔyɛ Kohat abusuamma, na wɔfra Lewi abusuakuw mu no nyaa nkurow dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuw no dea. \li1 \v 5 Afi a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurow du fii Efraim ne Dan mmusuakuw no ne Manase abusuakuw fa no nsase mu. \li1 \v 6 Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuw fa no wɔ Basan. \li1 \v 7 Merari abusua no nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuw no nkyɛn. \b \li4 \v 8 Enti Israelfo no dii \nd Awurade\nd* ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkurow yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifo. \b \li1 \v 9 Israelfo no de saa nkurow a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuw no dea no \v 10 maa Aaron asefo a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuw ho no, efisɛ ntonto kronkron a edi kan no bɔɔ wɔn. \li2 \v 11 Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.) \v 12 Nanso nsase ne nkuraa a atwa kurow no ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. \v 13 Nkurow a edidi so yi ne wɔn adidibea no wɔde maa ɔsɔfo Aaron asefo: Hebron (guankɔbea kuropɔn ma nea ne nsa apa wɔ obi ho), Libna, \v 14 Yatir, Estemoa, \v 15 Holon, Debir, \v 16 Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurow akron a wonya fii saa mmusuakuw abien yi nkyɛn no. \li1 \v 17 Wofi Benyamin abusuakuw mu de saa nkurow yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfo: \li2 Gibeon, Geba, \v 18 Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurow anan. \li4 \v 19 Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no. \b \li4 \v 20 Kohat\f + \fr 21.20 \fr*\ft Kohatfo—Na saa nnipa yi nyɛ asɔfo, efisɛ na wɔnyɛ Aaron asefo.\ft*\f* abusua nkae a wofi Lewi abusuakuw mu no nso, wɔde saa nkurow yi ne adidibea a efi Efraim abusua nkyɛn maa wɔn: \li1 \v 21 Sekem, (guankɔbea kuropɔn), Geser. \v 22 Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurow anan. \li1 \v 23 Saa nkurow ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfo a wofi Dan abusuakuw mu: \li2 Elteke ne Gibeton, \v 24 Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow anan. \li1 \v 25 Manase abusuakuw fa no de saa nkurow ne wɔn adidibea maa asɔfo no: \li2 Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow abien. \li4 \v 26 Enti nkurow du ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkae no. \b \li4 \v 27 Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuw no fa bi no nso nyaa nkurow abien ne wɔn adidibea \li1 fii Manase abusua fa no nkyɛn. \li2 Nkurow no ne Golan a ɛwɔ Basan (guankɔbea kuropɔn) ne Beestra. \li1 \v 28 Isakar abusuakuw no nso maa wɔn: \li2 Kision, Daberat, \v 29 Yarmut ne En-Ganim, nkurow anan a wɔn adidibea ka ho. \li1 \v 30 Aser abusuakuw no maa \li2 Misal, Abdon, \v 31 Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurow anan a wɔn adidibea ka ho. \li1 \v 32 Naftali abusuakuw no maa wɔn \li2 Kedes a ɛwɔ Galilea (guankɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkurow abiɛsa ne wɔn adidibea. \li4 \v 33 Enti nkurow dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no. \b \li4 \v 34 Lewifo nkae a wɔyɛ Merari abusua no nyaa saa nkurow yi a \li1 efi Sebulon abusuakuw no nkyɛn: \li2 Yokneam, Karta, \v 35 Dimna ne Nahalal—nkurow anan ne ɛho adidibea. \li1 \v 36 Ruben abusuakuw no nso maa wɔn \li2 Beser, Yahas, \v 37 Kedemot ne Mefaat—nkurow anan ne wɔn adidibea. \li1 \v 38 Gad abusuakuw no maa wɔn \li2 Ramot a ɛwɔ Gilead (guankɔbea kuropɔn), Mahanaim, \v 39 Hesbon ne Yaser, nkurow anan ne ho adidibea. \li4 \v 40 Enti nkurow dumien na wɔde maa Merari abusua. \b \li4 \v 41 Nkurow dodow ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifo no nyinaa yɛ aduanan awotwe. \v 42 Na kurow biara wɔ adidibea da ho. \b \p \v 43 Enti \nd Awurade\nd* de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfo no, na wodii so nkonim, tenaa hɔ. \v 44 Na \nd Awurade\nd* ma wonyaa ɔhome wɔ afanan nyinaa, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfo biara antumi annyina wɔn anim, efisɛ \nd Awurade\nd* boaa wɔn ma wodii wɔn atamfo so nkonim. \v 45 Bɔ pa biara a \nd Awurade\nd* hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu; emu bi anni huammɔ. \c 22 \s1 Apuei Fam Mmusuakuw No San Ba Fie \p \v 1 Afei, Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no nyinaa. \v 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moayɛ sɛnea Mose, \nd Awurade\nd* somfo hyɛɛ mo sɛ monyɛ no na moadi ɔhyɛ asɛm biara a mehyɛ maa mo no so. \v 3 Ɛwɔ mu sɛ dwumadi no agye bere tenten bi de, nanso moampa mmusuakuw a aka no akyi. Moatɔ mo bo ase adi mmara a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn hyɛ maa mo no so de abesi nnɛ. \v 4 Na mprempren \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn ama mmusuakuw a aka no ahomegye sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no. Enti monkɔ mo nkyi wɔ asase a Mose, \nd Awurade\nd* somfo no de maa mo wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no so. \v 5 Monhwɛ yiye na munni mmara a Mose hyɛ maa mo no so. Monnɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn. Monnantew nʼakwan nyinaa so, munni nʼahyɛde so, munni no nokware na momfa mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa nsom no.” \p \v 6 Na Yosua hyiraa wɔn, gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ fie. \v 7 Mose de Basan asase a ɛwɔ Yordan apuei fam no maa Manase abusuakuw fa no. Abusuakuw no fa a aka no nso, wɔde asase no fa a ɛda Yordan atɔe fam no maa wɔn. Yosua regya wɔn kwan no, ohyiraa wɔn, \v 8 kae se, “Agyapade bebrebe a moanya afi mo atamfo nkyɛn no, mo ne mo abusuafo a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwi dodow ne nguan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafrae, dade ne adurade no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.” \p \v 9 Enti Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no gyaw Israelfo nkae no hɔ wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so. Wofitii wɔn akwantu ase sɛ wɔresan akɔ wɔn ankasa asase a ɛwɔ Gilead, asase a na ɛyɛ wɔn dea dedaw a \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose ma ɔde maa wɔn no so. \p \v 10 Wɔda so wɔ Kanaan no, ansa na wobetwa Asubɔnten Yordan no, Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no sii afɔremuka kɛse bi wɔ Asubɔnten Yordan nkyɛn, wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Gelilot no. \v 11 Israelfo a wɔaka no tee sɛ wɔasi afɔremuka wɔ Gelilot wɔ Asubɔnten Yordan atɔe fam, wɔ Kanaan asase so no, \v 12 wɔn nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo, siesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔko atia wɔn nuanom. \p \v 13 Nea edi kan no, wotuu nnipa a ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas tua wɔn ano kɔɔ Gilead. Wotwaa asubɔnten no sɛ wɔne Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no rekɔkasa. \v 14 Nnipa a wotuu wɔn no yɛ mpanyimfo du a obiara gyina hɔ ma Israel mmusuakuw du no mu baako, na ɔsan yɛ ɔkannifo ma Israel mmusua no mu baako. \p \v 15 Na woduu Gilead asase so no, wɔka kyerɛɛ Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no se, \v 16 “\nd Awurade\nd* asafokuw nyinaa pɛ sɛ wohu nea enti a moredi Israel Nyankopɔn no huammɔ. Adɛn nti na mutumi dan mo ho fi \nd Awurade\nd* ho, kosi afɔremuka de tia no? \v 17 Bɔne a yɛyɛɛ wɔ Peor no nnɔɔso mmaa yɛn ana? Ɔyaredɔm a ɛbɛtɔɔ \nd Awurade\nd* asafokuw no nyinaa so akyi no mpo, yennwiraa yɛn ho mfii ho. \v 18 Nanso nnɛ yi, moretwe mo ho afi \nd Awurade\nd* ho, sɛ morenni nʼakyi. \p “Sɛ mosɔre tia \nd Awurade\nd* nnɛ a, ɔkyena ne bo befuw yɛn nyinaa. \v 19 Sɛ mususuw sɛ efi aka mo asase enti afɔremuka ho hia mo a, ɛno de, mommɛka yɛn ho wɔ asuogya ha wɔ faako a \nd Awurade\nd* ne yɛn te wɔ nʼAsɔrefi na yɛne mo bɛkyɛ yɛn asase mu. Na monnsɔre ntia \nd Awurade\nd* na mommfa afɔremuka foforo a moasi ama mo ho so ntwe yɛn nkɔ atuatew mu. \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn nokware afɔremuka yɛ baako pɛ. \v 20 Bere a Akan a ofi Serah abusua mu nam korɔn a ɔbɔɔ wɔ nneɛma a wɔayi asi hɔ ama \nd Awurade\nd*, nam so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn antwe Israel manfo nyinaa aso? Ɛnyɛ ɔno nko ara na esiane bɔne no nti owui.” \p \v 21 Rubenfo, Gadfo ne Manase abusuakuw fa no buaa mpanyimfo no se, \v 22 “\nd Awurade\nd* nko ara ne Onyankopɔn! \nd Awurade\nd* nko ara ne Onyankopɔn! Yɛansi afɔremuka no sɛ yɛde retia \nd Awurade\nd*. Sɛ saa na yɛayɛ a, nnɛ, momfa yɛn ho nkyɛ yɛn. Nanso \nd Awurade\nd* nim na Israel nyinaa nso nhu sɛ, \v 23 yensii afɔremuka mmaa yɛn ho sɛ yɛrefi \nd Awurade\nd* nkyɛn. Na yɛremmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre anaa asomdwoe afɔre wɔ so nso. Sɛ eyi nti na yesii afɔremuka no a, \nd Awurade\nd* no ankasa ntwe yɛn aso. \p \v 24 “Yɛasi saa afɔremuka yi, efisɛ yesuro sɛ daakye bi mo asefo bebisa yɛn asefo sɛ, ‘Tumi bɛn na mowɔ sɛ mobɛsom \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn? \v 25 \nd Awurade\nd* de Asubɔnten Yordan ato yɛn nkurɔfo ne ne nkurɔfo ntam hye. Munni kyɛfa wɔ \nd Awurade\nd* mu!’ Enti mo asefo bɛma yɛn asefo agyae \nd Awurade\nd* som. \p \v 26 “Ɛno nti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebesi afɔremuka, na ɛnyɛ sɛ yɛbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so, \v 27 na mmom sɛ nkaedum. Ɛbɛbɔ yɛn asefo ne mo asefo nkae sɛ, yɛn nso, yɛwɔ ho kwan sɛ yɛbɛsom \nd Awurade\nd* wɔ ne kronkronbea, abɔ yɛn ɔhyew afɔre, aduan afɔre ne asomdwoe afɔre. Na daakye bi no, mo asefo rentumi nka nkyerɛ yɛn asefo no se, ‘Munni kyɛfa wɔ \nd Awurade\nd* mu.’ \p \v 28 “Sɛ wɔka sɛɛ a, yɛn asefo betumi aka se, ‘Monhwɛ \nd Awurade\nd* afɔremuka sɛso a yɛn agyanom sii. Wɔansi amma ɔhyew afɔrebɔ anaa afɔrebɔ, na mmom, ɛyɛ nkae ade a ɛkyerɛ ayɔnkofa a yɛn nyinaa wɔ wɔ \nd Awurade\nd* mu.’ \p \v 29 “Ɛmpare yɛn sɛ yɛbɛsɔre atia \nd Awurade\nd*, anaasɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi ne ho akosi yɛn ankasa afɔremuka ama ɔhyew afɔre, aduan afɔre anaa afɔrebɔ. \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn afɔremuka a esi nʼAhyiae Ntamadan anim no so na wodi saa dwuma no.” \p \v 30 Ɔsɔfo Pinehas ne mpanyimfo du no tee nsɛm yi fii Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa hɔ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. \v 31 Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas buaa wɔn se, “Nnɛ yɛahu sɛ \nd Awurade\nd* wɔ yɛn ntam, efisɛ monyɛɛ bɔne ntiaa \nd Awurade\nd* sɛnea yesusuwii no, mmom moagye Israel nkwa afi ɔsɛe a anka \nd Awurade\nd* de reba wɔn so no ho.” \p \v 32 Afei, Pinehas, ɔsɔfo Eleasar babarima ne mpanyimfo du no fii Ruben ne Gad mmusuakuw no nkyɛn wɔ Gilead san kɔɔ Kanaan asase so kɔbɔɔ Israelfo no amanneɛ. \v 33 Na Israelfo no nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, woyii Onyankopɔn ayɛ na wɔanka ɔko a wɔbɛko atia Ruben ne Gad ho asɛm bio. \p \v 34 Na Rubenfo ne Gadfo too afɔremuka no din sɛ “Ɔdanseni,” ɔyɛ ɔdanseni wɔ yɛne wɔn ntam sɛ \nd Awurade\nd* yɛ yɛn nso Nyankopɔn. \c 23 \s1 Yosua Ne Israel Di Nkra \p \v 1 Mfe bebree twaa mu a \nd Awurade\nd* maa Israelfo no ahotɔ a wɔn atamfo no mu biara anhaw wɔn bio. Yosua a afei na wanyin yiye no \v 2 frɛɛ mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo a wɔwɔ Israel nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mprempren, mabɔ akwakoraa. \v 3 Moahu biribiara a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn ayɛ ama mo me nkwa nna yi mu. \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn ako atia mo atamfo. \v 4 Mede amanaman no nsase a yennya nnii so ne nea yɛadi so ama mo sɛ mo agyapade, efi Asubɔnten Yordan kosi Po Kɛse a ɛwɔ atɔe fam no. \v 5 Saa asase yi bɛyɛ mo dea, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn bɛpam nnipa a wɔtete so mprempren no nyinaa. Mubesi wɔn anan mu atena hɔ, sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no. \p \v 6 “Enti, monyɛ den! Monhwɛ na munni nkyerɛkyerɛ a wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfi ho ɔkwan biara so. \v 7 Monhwɛ yiye sɛ mo ne nnipa foforo a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn. \v 8 Na munni \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no nokware sɛnea moayɛ abesi nnɛ yi. \p \v 9 “Efisɛ \nd Awurade\nd* apam amanaman akɛse a wɔyɛ den ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim. \v 10 Mo mu biara betumi atu atamfo apem agu, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn ko ma mo sɛnea wahyɛ bɔ no. \v 11 Enti monhwɛ yiye na monnɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. \p \v 12 “Nanso sɛ motwe mo ho fi ne ho, na mo ne saa amanaman yi nkaefo a wɔwɔ mo mu yi di aware a, \v 13 ɛno de akyinnye biara nni ho sɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn rempam wɔn mfi mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ mfiri ama mo, mo akyi mmaa, ne mo aniwa mu nsɔe de kosi sɛ mo ase bɛtɔre afi asase pa yi a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn de ama mo no so. \p \v 14 “Ɛrenkyɛ biara mewu, sɛnea obiara kɔ no. Mo koma mu no munim sɛ ɛbɔ biara a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn hyɛɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu! \v 15 Nanso sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moanyɛ osetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afi saa asase pa a ɔde ama mo yi so. \v 16 Sɛ mubu \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforo a, nʼabufuw bɛhyew mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afi asase pa a ɔde ama mo no so.” \c 24 \s1 Woti \nd Awurade\nd* Apam No Mu \p \v 1 Na Yosua frɛɛ Israelfo nyinaa, wɔn mpanyimfo, ntuanofo, atemmufo ne adwumayɛfo kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim. \p \v 2 Yosua ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn se ni: Mo tete agyanom, Tera a ɔyɛ Abraham agya ne Nahor tenaa Asubɔnten Efrate agya nohɔ na wɔsom anyame foforo. \v 3 Nanso mefaa mo agya Abraham fii asase a ɛda Efrate agya hɔ de no baa Kanaan asase so. Mefaa ne ba Isak so maa nʼasefo dɔɔso. \v 4 Mede Yakob ne Esau maa Isak. Mede Seir bepɔwman no maa Esau, na Yakob ne ne mma sian kɔɔ Misraim. \p \v 5 “Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfo no so na akyiri no, miyii mo fii hɔ ma munyaa ahofadi. \v 6 Bere a mo agyanom duu Po Kɔkɔɔ ho no, Misraimfo no de wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔkafo taa wɔn. \v 7 Musu frɛɛ \nd Awurade\nd* no, mede sum bɛtoo mo ne Misraimfo no ntam, memaa Po no bu faa wɔn so kataa wɔn so. Mo ankasa mo de mo ani huu nea meyɛe. Afei motenaa sare so mfe bebree. \p \v 8 “Mede mo baa Amorifo asase so wɔ Yordan apuei fam. Wɔne mo koe, nanso memaa mudii wɔn so nkonim na mofaa wɔn asase. \v 9 Na Moabhene Sipor babarima Balak fii ase ko tiaa Israel. Ɔka kyerɛɛ Beor babarima Balaam se ɔnnome mo. \v 10 Nanso mantie no, na mmom mema ohyiraa mo ntoatoaso, na migyee mo fii Balak nsam. \p \v 11 “Na mutwaa Asubɔnten Yordan baa Yeriko no, Yeriko mmarima ko tiaa mo. Na nkurɔfo pii nso ko tiaa mo a Amorifo, Perisifo, Kanaanfo, Hetifo, Girgasifo, Hewifo ne Yebusifo ka ho. Nanso mema mudii wɔn so nkonim. \v 12 Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpam Amorifo ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo afoa anaa mo agyan na ɛma mudii nkonim. \v 13 Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na mudii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyeree, nkuropɔn a mote mu mprempren no. Memaa mo bobe nturo ne ngodua mfuw sɛ mubenya aduan, a mpo ɛnyɛ mo na muduae. \p \v 14 “Enti munni \nd Awurade\nd* ni, na momfa mo koma nyinaa nsom no. Montow ahoni a mo agyanom somee no wɔ bere a na wɔte Asubɔnten Efrate agya ne Misraim no nyinaa ngu korakora. Monsom \nd Awurade\nd* nko ara. \v 15 Sɛ nso mompɛ sɛ mosom \nd Awurade\nd* a, nnɛ yi ara, monkyerɛ nea mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somee wɔ bere a na wɔwɔ Efrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifo a mote wɔn asase so mprempren no anyame? Na me ne me fi de, yɛbɛsom \nd Awurade\nd*.” \p \v 16 Na ɔman no buae se, “Yɛrempa \nd Awurade\nd* akyi nkɔsom anyame foforo. \v 17 Efisɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn na ogyee yɛn ne yɛn agyanom fii nkoasom mu wɔ Misraim. Ɔyɛɛ anwonwade akɛse wɔ yɛn anim. Na yɛfaa sare so wɔ yɛn atamfo mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban. \v 18 Ɛyɛ \nd Awurade\nd* na ɔpam Amorifo ne aman foforo a na wɔte asase yi so no. Enti yɛn nso, yɛbɛsom \nd Awurade\nd*, efisɛ ɔno nko ne yɛn Nyankopɔn.” \p \v 19 Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no se, “Morentumi nsom \nd Awurade\nd*, efisɛ ɔyɛ kronkron ne ninkufo Nyankopɔn. Ɔremfa mo atuatew ne mo bɔne nkyɛ mo. \v 20 Sɛ mopa \nd Awurade\nd* akyi na mosom anyame foforo a, ɔbɛdan atia mo, asɛe mo a ɛmfa ho sɛ ɔne mo adi no yiye.” \p \v 21 Nnipa no buaa Yosua se, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom \nd Awurade\nd*.” \p \v 22 Yosua nso kae se, “Mubebu saa gyinae yi ho akontaa. Moaka sɛ mobɛsom \nd Awurade\nd*.” \p Wobuae se, “Yiw, yebebu ho akontaa.” \p \v 23 Yosua kae sɛ, “Eye, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo koma nto \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn so.” \p \v 24 Nnipa no ka kyerɛɛ Yosua se, “Yɛbɛsom \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn. Yɛbɛyɛ osetie ama ɔno nko ara.” \p \v 25 Enti Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa da no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛe a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne \nd Awurade\nd* ntam. \v 26 Yosua kyerɛw eyinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nhoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛse bi pirew kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn \nd Awurade\nd* ntamadan no ase sɛ nkae ade. \p \v 27 Yosua ka kyerɛɛ nnipa no se, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a \nd Awurade\nd* aka akyerɛ yɛn no. Sɛ moanni mo Nyankopɔn nokware a, ɛbɛyɛ adansede atia mo.” \p \v 28 Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapade so. \s1 Yosua Wu \p \v 29 Asɛm yi akyi, ankyɛ na Nun babarima Yosua, \nd Awurade\nd* somfo wui. Odii mfirihyia ɔha ne du. \v 30 Wosiee no wɔ nʼagyapade asase so wɔ Timnat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so, wɔ Gaas Bepɔw atifi fam. \p \v 31 Na Israel som \nd Awurade\nd* wɔ Yosua, ne mpanyimfo a wɔanyinyin sen no a wohuu nea \nd Awurade\nd* yɛ maa Israel wɔn nkwa nna nyinaa mu. \p \v 32 Na wosiee Yosef nnompe a Israelfo de fi Misraim bae no wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔw ɔha fii Hamor mmabarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuw a wɔyɛ Yosef asefo asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so. \p \v 33 Aaron babarima Eleasar nso wui. Wosiee no wɔ Efraim bepɔw asase no so wɔ Gibea kurow no a na wɔde ama ne babarima Pinehas no mu.