\id JOL - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Yoɛl \toc1 Odiyifo Yoɛl Nhoma \toc2 Yoɛl \toc3 Yoɛl \mt2 Odiyifo \mt1 Yoɛl \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni. \s1 Mmoadabi San Tue \q1 \v 2 Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo; \q2 muntie, mo a mote asase no so nyinaa. \q1 Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere so \q2 anaa mo mpanyimfo mmere so pɛn? \q1 \v 3 Monka nkyerɛ mo mma, \q2 na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma \q2 na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no. \q1 \v 4 Nea mmoadabikuw no gyawee no, \q2 mmoadabi akɛse no awe; \q1 nea mmoadabi akɛse no gyawee no, \q2 mmoadabi nkumaa no awe; \q1 nea mmoadabi nkumaa no gyawee no, \q2 mmoadabi afoforo awe. \q1 \v 5 Mo asabowfo, munnyan, na munsu! \q2 Mo a monom bobesa nyinaa, muntwa adwo; \q1 muntwa adwo, nsa foforo no nti, \q2 efisɛ wɔahuam afi mo ano. \q1 \v 6 Ɔman bi atu mʼasase so sa; \q2 dɔm a wɔyɛ den na wontumi nkan wɔn; \q1 wɔn se te sɛ gyata se \q2 na wɔwɔ gyatabere sebɔmmɔfo. \q1 \v 7 Wasɛe me bobe \q2 ne me borɔdɔma nnua. \q1 Wawaawae nnua no ho bona, \q2 atow agu \q2 agyaw ne mman ho fitaa. \b \q1 \v 8 Di awerɛhow sɛ ababaa a ofura atweaatam \q2 na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaabere mu. \q1 \v 9 Aduan ne ahwiesa afɔrebɔde, \q2 wɔayi afi \nd Awurade\nd* fi. \q1 Asɔfo no retwa adwo, \q2 wɔn a wɔsom wɔ \nd Awurade\nd* anim no. \q1 \v 10 Mfuw asɛe, \q2 asase no so awo wosee \q1 aduan no asɛe \q2 nsa foforo no ayow \q2 ngo nyinaa asa. \q1 \v 11 Mo ani nwu, mo akuafo, \q2 muntwa adwo, mo a mudua bobe; \q1 Munsi apini mma awi ne atoko, \q2 efisɛ otwabere no asɛe. \q1 \v 12 Bobe no akisa \q2 na borɔdɔma nnua no awuwu. \q1 Atoaa nnua, mmedua, aprɛ ne \q2 nnua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew. \q1 Nokware, anigye a nnipa wɔ no \q2 atu ayera. \q1 \v 13 Mumfura atweaatam na munni awerɛhow, asɔfo; \q2 mo a mosom wɔ afɔremuka anim, muntwa adwo. \q1 Mumfura atweaatam mmesi pɛ, \q2 mo a mosom wɔ Onyankopɔn anim; \q1 efisɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde no \q2 to atwa wɔ Onyankopɔn fi. \q1 \v 14 Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru; \q2 momfrɛ nhyiamu kronkron. \q1 Momfrɛ mpanyimfo \q2 ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa \q1 mmra \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn fi \q2 na wommesu mfrɛ \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 15 A, da no de! \q2 \nd Awurade\nd* da no abɛn; \q2 Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo hɔ. \q1 \v 16 So aduan ho nkɔɔ wɛn, a yɛani tua, \q2 anigye ne ahosɛpɛw to atwa \q2 wɔ yɛn Nyankopɔn fi ana? \q1 \v 17 Aba no wu wɔ asase wosee mu, \q2 adekoradan abubu, \q1 aburowpata nso so nni mfaso, \q2 efisɛ nnuan no ahyew. \q1 \v 18 Sɛnea anantwi su! \q2 na anantwikuw kyinkyin kwa. \q1 Nguankuw mpo rebrɛ \q2 efisɛ wonni didibea. \q1 \v 19 \nd Awurade\nd*, wo na misu frɛ wo, \q2 efisɛ ogya ahyew sare so adidibea, \q2 na ogyatannaa ahyew mfuw no so nnua nyinaa. \q1 \v 20 Wuram mmoa mpo pere hwehwɛ wo. \q2 Nsuwansuwa ayoyow, \q2 na ogya ahyew sare so adidibea. \c 2 \s1 Mmoadabi Dɔm \q1 \v 1 Hyɛn torobɛnto no wɔ Sion; \q2 hyɛn abɛn no wɔ me bepɔw kronkron no so. \q1 Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo, \q2 efisɛ \nd Awurade\nd* da no reba, \q2 na abɛn koraa. \q1 \v 2 Sum ne kusukuukuu da.\f + \fr 2.2 \fr*\ft Sum…da. Sum yɛ daa daa adiyisɛm a wɔka fa Awurade da no ho. (\+xt Amos 5.18; Sef 1.15\+xt*).\ft*\f* \q2 Omununkum ne sum kabii da. \q1 Sɛnea adekyee hann trɛtrɛw wɔ mmepɔw so no, \q2 saa ara na asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den ba no te. \q1 Wonhuu wɔn sɛso bi da, \q2 na wɔrenhu ne sɛso nso da. \b \q1 \v 3 Ogya rehyew wɔ wɔn anim, \q2 ogyatannaa dɛw wɔ wɔn akyi, \q1 asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo, \q2 nea ɛda wɔn akyi no te sɛ nweatam, \q2 hwee nguan wɔn. \q1 \v 4 Wɔte sɛ apɔnkɔ. \q2 Wohuruhuruw te sɛ apɔnkɔsotefo asraafo. \q1 \v 5 Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam \q2 na wotu fa mmepɔw atifi, \q1 wɔte sɛ ogyatannaa a ɛhyew nwuraguanee \q2 wɔte sɛ asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa. \b \q1 \v 6 Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn; \q2 na wɔn anim hoa. \q1 \v 7 Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofo; \q2 wɔforo afasu te sɛ asraafo \q1 na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee, \q2 na wɔmman benkum anaa nifa. \q1 \v 8 Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu; \q2 obiara nantew kɔ nʼanim tee. \q1 Wobu fa abandennen so, \q2 na wɔpem kɔ wɔn anim ara. \q1 \v 9 Wɔtow hyɛ kuropɔn no so \q2 wotu mmirika fa afasu no so \q1 wɔforo kɔ afi mu, \q2 wɔfa mfɛnsere mu te sɛ akorɔmfo. \b \q1 \v 10 Asase wosow wɔ wɔn anim, \q2 na ɔsoro hinhim. \q1 Owia ne ɔsram duru sum, \q2 na nsoromma nhyerɛn bio. \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* bobɔ mu \q2 de di nʼasraafo no anim. \q1 Nʼakofo no dɔɔso bebree, \q2 ahoɔdenfo ne wɔn a wodi nʼahyɛde so. \q1 \nd Awurade\nd* da no yɛ kɛse na ɛyɛ hu; \q2 hena na obetumi agyina ano? \s1 Ahonu \q1 \v 12 “Na afei,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, \q2 “San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn, \q2 wɔ akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu.” \b \q1 \v 13 Sunsuan wo koma \q2 na ɛnyɛ wo ntade mu. \q1 San bra \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn nkyɛn, \q2 efisɛ, ɔyɛ ɔdomfo, ne yam ye. \q1 Ne bo kyɛ fuw na ne dɔ boro so, \q2 na ɛnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso. \q1 \v 14 Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔ \q2 na wagyaw nhyira, \q1 a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde \q2 a mode ma \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn no. \b \q1 \v 15 Hyɛn torobɛnto wɔ Sion! \q2 Mommɔ akɔnkyen kronkron ho dawuru, \q1 momfrɛ nhyiamu kronkron. \q1 \v 16 Mommoaboa nnipa no ano \q2 montew nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron; \q1 mommoaboa mpanyimfo, \q2 mmofra ne mmea a wɔrema nufu ano. \q2 Ma ayeforo ne ayeforokunu mfi wɔn pia mu mmra. \q1 \v 17 Asɔfo a wɔsom wɔ \nd Awurade\nd* anim no, \q2 nsu wɔ afɔremuka no ne abrannaa no ntam; \q1 na wɔnka se, “\nd Awurade\nd* fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn. \q2 Mma wʼagyapade nyɛ ahohorade \q2 anaa fɛwdi wɔ aman no mu. \q1 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubisa wɔ nnipa no mu se, \q2 ‘Wɔn Nyame no wɔ he?’ ” \s1 Awurade Mmuae \q1 \v 18 Na \nd Awurade\nd* bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho \q2 na ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ. \q1 \v 19 \nd Awurade\nd* bebua se, \q2 “Merebrɛ mo aduan, nsa foforo ne ngo, \q1 a ɛbɛso mo ama moamee pintinn. \q2 Merenyɛ mo ahohorade \q2 mma aman no bio. \b \q1 \v 20 “Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, \q2 mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so. \q1 Nifa dɔm no bɛmem wɔ Nkyene Po no mu, \q2 na kyidɔm no bɛmem wɔ Ntam Po no mu. \q1 Na afunu no bɛbɔn \q2 na ne nka betu.” \b \q1 Nokware wayɛ nneɛma akɛse! \q2 \v 21 Munnsuro, me nkurɔfo! \q2 Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho. \q1 Nokware \nd Awurade\nd* ayɛ nneɛma akɛse. \q2 \v 22 Munnsuro, mo wuram mmoa! \q2 Efisɛ sare so adidibea reyɛ frɔmfrɔm. \q1 Nnua no resow wɔn aba; \q2 borɔdɔma ne bobe nso resow wɔn aba. \q1 \v 23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma, \q2 Munni ahurusi wɔ \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn mu, \q1 efisɛ watɔ asusowsu ama mo, \q2 ne nokwaredi nti. \q1 Watɔ osu bebree ama mo \q2 wɔ ne bere mu te sɛ kan no. \q1 \v 24 Aduan bɛyɛ awiporowbea hɔ ma, \q2 nsa foforo ne ngo bebu so wɔ kyi amoa mu. \b \q1 \v 25 “Mɛhyɛ mo anan mu, \q2 nea mohweree \q2 mfe dodow a mmoadabi bɛsɛee mo nneɛma, \q1 mmoadabi akɛse ne nkumaa, \q2 ne wɔn a aka no nyinaa, \q2 me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no. \q1 \v 26 Mubedidi amee, \q2 na mubeyi \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn din ayɛ. \q1 Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo; \q2 me nkurɔfo ani renwu bio. \q1 \v 27 Afei, mubehu sɛ, mewɔ Israel, \q2 mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, \q1 na obiara nni hɔ sɛ me; \q2 Me nkurɔfo ani renwu bio da.” \s1 Awurade Da \q1 \v 28 “Na akyiri no, \q2 mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so, \q1 mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, \q2 mo nkwakoraa bɛsoso adae, \q1 mo mmerante benya anisoadehu. \q1 \v 29 Saa mmere no mu no, \q2 mehwie me Honhom agu \q1 mʼasomfo so, mmarima ne mmea. \q1 \v 30 Mɛyɛ anwonwade wɔ ɔsoro ne asase so, \q2 mede mogya, ogya ne wusiw kumɔnn. \q1 \v 31 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya. \q1 \v 32 Na obiara a ɔbɔ \nd Awurade\nd* din no, \q2 wobegye no nkwa. \q1 Efisɛ nkwagye bɛba \q2 ama wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu \q2 a \nd Awurade\nd* afrɛ wɔn \q2 wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem nyinaa,” \q1 sɛnea \nd Awurade\nd* aka no. \c 3 \s1 Aman No Atemmu \q1 \v 1 “Saa nna no mu, \q2 mede Yuda ne Yerusalem ahonyade bɛsan aba. \q1 \v 2 Mɛboa aman nyinaa ano, \q2 na mede wɔn aba Yehosafat bon mu. \q1 Ɛhɔ na mebu wɔn atɛn \q2 wɔ nea wɔyɛɛ mʼagyapade, a ɛyɛ Israelfo ho, \q1 efisɛ wɔbɔɔ me nkurɔfo hwetee aman so, \q2 na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu. \q1 \v 3 Wɔbɔɔ me nkurɔfo so ntonto, \q2 Wɔtɔn mmerantewa de mu sika bɔɔ aguaman. \q1 Wɔtɔn mmeawa nso de gyee nsa, \q2 a wɔbɛnom. \p \v 4 “Dɛn na mowɔ tia me, Tiro ne Sidon ne mo Filisti amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so were ana? Sɛ saa na ɛte de a, monhwɛ yiye. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. \v 5 Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapade a ɛsom bo, na mosoa koguu mo abosonnan mu. \v 6 Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafo\f + \fr 3.6 \fr*\ft Helafo ne Foenikefo dii gua fi afe 800 AWA.\ft*\f* sɛnea ɛbɛyɛ a, wobefi wɔn asase so akɔ akyirikyiri. \p \v 7 “Nanso, mɛsan de wɔn afi faako a mokɔtɔn wɔn no aba, na nea moayɛ no nyinaa, metua mo so ka. \v 8 Mɛtontɔn mo mmabarima ne mo mmabea ama Yudafo, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfo, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, \nd Awurade\nd*, na makasa. \q1 \v 9 Mompae mu nka eyi wɔ aman so: \q2 Munsiesie mo ho mma ɔko! \q1 Monkanyan asraafo! \q2 Momma mo mmarima akofo no ntwiw mmra, na wɔmmɛko. \q1 \v 10 Momfa mo funtumnnade no mmɔ afoa, \q2 na momfa mo asosɔw mmɔ mpeaw. \q1 Ma nea wɔayɛ mmerɛw nka se, \q2 “mewɔ ahoɔden!” \q1 \v 11 Monyɛ ntɛm mmra, \q2 mo amanaman a moatwa ahyia, \q1 mommɛboa mo ho ano wɔ hɔ. \b \q1 Fa wʼakofo bra, \nd Awurade\nd*! \b \q1 \v 12 “Wɔnkanyan aman no; \q2 wontu nteɛ nkɔ Yehosafat bon no mu, \q1 efisɛ ɛhɔ na mɛtena \q2 na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn. \q1 \v 13 Munhwim kantankrankyi no, \q2 efisɛ otwabere no adu so. \q1 Mommra, muntiatia bobe no so, \q2 efisɛ nsakyiamoa no ayɛ ma \q1 na ahina no ayɛ ma abu so. \q2 Saa ara na wɔn amumɔyɛ dɔɔso!” \b \q1 \v 14 Nnipadɔm, nnipadɔm \q2 wɔ gyinaesi subon no mu! \q1 \nd Awurade\nd* da no abɛn \q2 wɔ gyinaesi subon no mu. \q1 \v 15 Owia ne ɔsram beduru sum, \q2 na nsoromma renhyerɛn bio. \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* bɛbobɔ mu afi Sion, \q2 ne nne gyegyeegye afi Yerusalem, \q2 asase ne ɔsoro bɛwosow. \q1 Nanso \nd Awurade\nd* bɛyɛ guankɔbea ama ne nkurɔfo, \q2 ɔbɛyɛ abandennen ama Israelfo. \s1 Onyankopɔn Nkurɔfo Nhyira \q1 \v 17 “Afei mubehu sɛ, me \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, \q2 mete Sion, me bepɔw kronkron so. \q1 Yerusalem bɛyɛ kronkron; \q2 na ananafo rentu wɔn so sa bio. \b \q1 \v 18 “Saa da no, nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no mu, \q2 na nufusu ateɛ wɔ nkoko so; \q1 Nsu bɛba Yuda nsuwansuwa mu, \q2 na asuti betue afi \nd Awurade\nd* fi, \q2 na agugu akasia subon no so nsu. \q1 \v 19 Nanso Misraim bɛdan amamfo, \q2 na Edom nso bɛyɛ nweatam, \q1 esiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda nti. \q2 Ɛhɔ na wohwiee mogya a enni fɔ gui. \q1 \v 20 Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ \q2 na Yerusalem de, wɔbɛtena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. \q1 \v 21 So merentɔ wɔn mogya a edi bem no so were ana? \q2 Mɛtɔ kɛ.” \qc Awurade te Sion!