\id JOB - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Hiob \toc1 Hiob Nhoma \toc2 Hiob \toc3 Hiob \mt1 Hiob Nhoma \c 1 \p \v 1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us\f + \fr 1.1 \fr*\ft Us yɛ ɔman bi a na ɛda Yordan apuei fam. Na Hiob nyɛ Israelni.\ft*\f* asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho. \v 2 Na ɔwɔ mmabarima baason ne mmabea baasa, \v 3 na ɔwɔ nguan mpem ason, yoma mpem abiɛsa, anantwi mpamho ahannum ne mfurumbere ahannum, na ɔwɔ asomfo bebree. Na ɔyɛ onipa kɛse pa ara wɔ nnipa a wɔwɔ Apuei fam nyinaa no mu. \p \v 4 Na ne mmabarima no to pon nnidiso nnidiso wɔ wɔn afi mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nuabeanom baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom. \v 5 Sɛ aponto nna no twa mu a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wodwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyew afɔre ma wɔn mu biara, efisɛ na osusuw sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn koma mu.” Eyi yɛ dwuma a na Hiob di no bere ano bere ano. \s1 Hiob Sɔhwɛ A Edi Kan \p \v 6 Da bi, abɔfo no de wɔn ho bɛkyerɛɛ \nd Awurade\nd*, na Satan kaa wɔn ho bae. \v 7 \nd Awurade\nd* bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?” \p Satan buaa \nd Awurade\nd* se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.” \p \v 8 Na \nd Awurade\nd* bisaa Satan se, “Woadwene me somfo Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ, ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne.” \p \v 9 Satan buaa \nd Awurade\nd* se, “Hiob suro Onyankopɔn kwa ana? \v 10 Wunnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho ana? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nguan ne nʼanantwi ase atrɛw asase no so. \v 11 Na wo de, teɛ wo nsa na sɛe nea ɔwɔ nyinaa, na obegyina wʼanim na wadome wo.” \p \v 12 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa de, mfa wo nsateaa nka no.” \p Na Satan fii \nd Awurade\nd* anim kɔe. \p \v 13 Da bi a Hiob mmabarima ne ne mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi no, \v 14 ɔbɔfo bi baa Hiob hɔ bɛkae se, “Anantwi no refuntum na mfurum no redidi wɔ wɔn nkyɛn no, \v 15 Sabiafo\f + \fr 1.15 \fr*\ft Na Sabiafo yɛ atubrafo a na wɔte Arabia anafo fam.\ft*\f* bɛtow hyɛɛ yɛn so, sesaw wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum apaafo no, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo saa amanneɛ yi.” \p \v 16 Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Onyankopɔn gya fi soro abɛhyew wo nguan ne wo nguanhwɛfo no nyinaa, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.” \p \v 17 Ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi bɛkae se, “Kaldeafo\f + \fr 1.17 \fr*\ft Na Kaldeafo yɛ atubrafo a wɔte sare a ɛwɔ Mesopotamia so. Wɔn ara na wɔbɛtenaa Babilonia yɛɛ no ahemman.\ft*\f* de akorɔmfo akuw abiɛsa baa wo yoma so bɛsoaa wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum asomfo no na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.” \p \v 18 Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Na wo mmabarima ne wo mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi, \v 19 na prɛko pɛ, ahum bi bɔ fii sare no so bedwiraa ofi no ntwea anan no. Ofi no dwiriw guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.” \p \v 20 Eyi maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuan nʼatade mu na oyii ne tinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree \nd Awurade\nd* \v 21 kae se, \q1 “Adagyaw na mede fi me na yam bae, \q2 na adagyaw na mede bɛsan akɔ. \q1 \nd Awurade\nd* de mae, na \nd Awurade\nd* afa; \q2 nhyira nka \nd Awurade\nd* din!” \p \v 22 Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn sobo. \c 2 \s1 Hiob Sɔhwɛ A Ɛto So Abien \p \v 1 Da foforo bi, abɔfo no baa \nd Awurade\nd* anim bio na Satan nso kaa wɔn ho bae. \v 2 \nd Awurade\nd* bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?” \p Satan buaa \nd Awurade\nd* se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.” \p \v 3 Na \nd Awurade\nd* bisaa Satan se, “Woadwene mʼakoa Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ. Ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne. Ɛwɔ mu sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a minni nnyinaso biara de, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.” \p \v 4 Satan buaa \nd Awurade\nd* sɛ, “Were pere were. Onipa de nea ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa. \v 5 Sɛ ebetumi a teɛ wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!” \p \v 6 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa de gyaa mu ma no.” \p \v 7 Enti Satan fii \nd Awurade\nd* anim, na ɔmaa akuru a ɛyɛ yaw totɔɔ Hiob ho fi ne nʼanan ase kosii nʼapampam. \v 8 Afei, na kyɛmfɛre na Hiob de twiw ne ho, bere a ɔte nsõ mu. \p \v 9 Ne yere bisaa no se, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!” \p \v 10 Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbea a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa de yɛagye afi Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo ana?” \p Eyi nyinaa mu no, Hiob anka asɛm bɔne. \s1 Hiob Nnamfo Baasa No \p \v 11 Bere a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas,\f + \fr 2.11 \fr*\ft Na Elifas yɛ Edomni a ofi Teman.\ft*\f* Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wofii wɔn afi mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ. \v 12 Wohuu Hiob fii akyiri no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ ase twaa agyaadwo, sunsuan wɔn ntade mu, tuu mfutuma guu wɔn ti so. \v 13 Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, efisɛ wohuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ adewa. \c 3 \s1 Hiob Kasa \p \v 1 Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no. \v 2 Ɔkae se, \q1 \v 3 “Ma da a wɔwoo me no nyera, \q2 ne anadwo a wɔkae se, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’ \q1 \v 4 Saa da no nnuru sum; \q2 mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan; \q2 mma hann biara ntɔ ngu so. \q1 \v 5 Ma sum ne owusum nnye no mfa; \q2 ma omununkum nkata so; \q2 na sum mmunkam ne hann so. \q1 \v 6 Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa; \q2 ma wonyi saa anadwo no mfi asranna so \q2 na wɔmmfa nhyɛ ɔsram biara mu. \q1 \v 7 Saa anadwo no nyɛ obonin; \q2 mma wɔnnte anigye nteɛmu wɔ mu. \q1 \v 8 Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no; \q2 wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyan dɛnkyɛmmirampɔn no. \q1 \v 9 Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum; \q2 na ɔntwɛn adekyee kwa \q2 a onhu anɔpawia nsensanee a edi kan no, \q1 \v 10 efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo me \q2 na anka mʼani renhu saa abɛbrɛsɛ yi. \b \q1 \v 11 “Adɛn nti na manwu awoe hɔ, \q2 bere a mifi me na awotwaa mu no? \q1 \v 12 Adɛn nti na nkotodwe gyee me \q2 ne nufu sɛ minnum? \q1 \v 13 Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu; \q2 anka mada regye mʼahome \q1 \v 14 me ne wiase ahemfo ne fotufo, \q2 wɔn a wosisii adan maa wɔn ho na nnɛ yi abubu no, \q1 \v 15 me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ, \q2 wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afi mu ma. \q1 \v 16 Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me sɛ ɔpɔnba, \q2 te sɛ akokoaa a wanhu adekyee hann da? \q1 \v 17 Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ, \q2 na abrɛfo nya ahomegye. \q1 \v 18 Nneduafo nso nya wɔn ahofadi; \q2 na wɔnte nnommumfo wuranom ateɛteɛ bio. \q1 \v 19 Nketewa ne akɛse wɔ hɔ, \q2 na akoa de ne ho fi ne wura nsam. \b \q1 \v 20 “Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann, \q2 na ɔkra mu ahohiahiafo nya nkwa, \q1 \v 21 wɔn a wɔn kɔn dɔ owu nanso ɛmma, \q2 wɔn a wɔbrɛ hwehwɛ owu sen sɛnea wɔhwehwɛ nnwetɛbona, \q1 \v 22 wɔn a anigye ahyɛ wɔn ma \q2 na wodu ɔda mu a wodi ahurusi. \q1 \v 23 Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa a \q2 ne kwan ahintaw, \q2 nea Onyankopɔn aka no ahyɛ mu? \q1 \v 24 Ahomekokogu adan mʼaduan; \q2 na mʼapinisi gu te sɛ nsu. \q1 \v 25 Nea na misuro no aba me so; \q2 nea na ɛbɔ me hu no ato me. \q1 \v 26 Minni ahotɔ, minni asomdwoe; \q1 minni ahomegye na mmom, ɔhaw nko ara.” \c 4 \s1 Elifas Mmuae A Edi Kan \p \v 1 Na Temanni Elifas buaa Hiob se, \q1 \v 2 “Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboase ana? \q2 Hena na wobetumi aka nʼano ato mu? \q1 \v 3 Dwene sɛnea wakyerɛkyerɛ nnipa bebree, \q2 sɛnea woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛw no den. \q1 \v 4 Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔahintiw no den; \q2 woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛw mu den. \q1 \v 5 Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu; \q2 adwira wo, na wo werɛ ahow. \q1 \v 6 So ɛnsɛ sɛ wo nyamesuro yɛ wʼahotoso \q2 na wʼakwan a ɛho nni asɛm no yɛ wʼanidaso ana? \b \q1 \v 7 “Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn ana? \q2 Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ? \q1 \v 8 Sɛnea mahu no, wɔn a wofuntum bɔne \q2 ne wɔn a wodua ɔhaw no twa so aba. \q1 \v 9 Onyankopɔn home ano, wɔsɛe; \q2 nʼabufuw turuw a wɔyera. \q1 \v 10 Gyata betumi abobɔ mu na wɔaworo so, \q2 nanso wɔabubu gyata akɛse no se. \q1 \v 11 Gyata annya hanam a owu, \q2 na gyatabere mma no bɔ hwete. \b \q1 \v 12 “Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ me \q2 na mʼaso tee no sɛ asomsɛm. \q1 \v 13 Wɔ anadwo daeso basabasa mu, \q2 bere a nnipa adeda nnahɔɔ no, \q1 \v 14 ehu ne nketenkete kyeree me \q2 ɛmaa me nnompe nyinaa wosowee. \q1 \v 15 Honhom bi twaa mʼani so, \q2 na me ho nwi sɔre gyinae. \q1 \v 16 Egyinae, \q2 nanso, manhu nʼabɔsu. \q1 Biribi begyinaa mʼanim, \q2 na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa se, \q1 \v 17 ‘Onipa desani betumi ateɛ asen Onyankopɔn? \q2 Na mpo ɔhoɔdenfo betumi ayɛ kronkron asen ne Yɛfo ana? \q1 \v 18 Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfo so, \q2 sɛ ɔka nʼabɔfo mfomso kyerɛ wɔn a, \q1 \v 19 na nkantom wɔn a wɔtete dɔte afi mu, \q2 wɔn a wɔn fapem sisi mfutuma mu \q2 na wɔdwerɛw wɔn ntɛm so sen abubummaba! \q1 \v 20 Efi anɔpahema kosi anwummere wobubu wɔn mu nketenkete; \q2 na wɔyera korakora a obiara nhu wɔn bio. \q1 \v 21 So wommiamia wɔn ntamadan ahama mu, \q2 a ɛno nti wowuwu a wonni nyansa ana?’ \b \c 5 \q1 \v 1 “Wobɛfrɛ a frɛ, na hena na obegye wo so? \q2 Akronkronfo no mu hena nkyɛn na wobɛkɔ? \q1 \v 2 Ahisɛm kum ɔkwasea, \q2 na anibere kum atetekwaa. \q1 \v 3 Mʼankasa mahu ɔkwasea a ɔrefefɛw, \q2 nanso mpofirim, wɔdomee ne fi. \q1 \v 4 Ne mma ne bammɔ ntam kwan ware, \q2 wɔdwerɛw wɔn wɔ asennii a wonni ɔkamafo. \q1 \v 5 Nea ɔkɔm de no no di ne nnɔbae, \q2 na ɔfa fi nsɔe mu mpo, \q2 na nea osukɔm de no no pere di nʼahode akyi. \q1 \v 6 Ahokyere mpue mmfi dɔte mu \q2 na ɔhaw nso mfifi mmfi fam. \q1 \v 7 Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu \q2 mpɛn dodow a gyaframa turuw kɔ soro no. \b \q1 \v 8 “Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka meguan atoa Onyankopɔn; \q2 na mede mʼasɛm ato nʼanim. \q1 \v 9 Ɔyɛ anwonwade a wontumi nhwehwɛ mu, \q2 ne nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan ne dodow. \q1 \v 10 Ɔtɔ osu gu asase so; \q2 na ɔde kɔ wuram. \q1 \v 11 Ɔde ahobrɛasefo si nea ɛkorɔn, \q2 na ɔma wɔn a wodi awerɛhow nya asomdwoe. \q1 \v 12 Ɔsɛe aniferefo nhyehyɛe, \q2 ma wɔn nsa si fam. \q1 \v 13 Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anifere mu, \q2 na ɔbɔ anitewfo nhyehyɛe gu. \q1 \v 14 Sum duru wɔn awia ketee; \q2 na wɔkeka wɔ owigyinae mu te sɛ anadwo. \q1 \v 15 Ogye ahiafo fi afoa a ɛhyɛ wɔn anom; \q2 ogye wɔn fi ahoɔdenfo nkyehama mu. \q1 \v 16 Enti ahiafo wɔ anidaso, \q2 na ntɛnkyew ka nʼano to mu. \b \q1 \v 17 “Nhyira ne onipa a Onyankopɔn teɛ no, \q2 enti mmu Otumfo nteɛteɛ no animtiaa. \q1 \v 18 Efisɛ ɔno na opira na ɔno ara akyekyere; \q2 opira nanso ne nsa sa yare. \q1 \v 19 Obegye wo afi ɔhaw ahorow asia mu; \q2 ason so no, bɔne biara renka wo. \q1 \v 20 Ɔkɔm ba a, obegye wo afi owu mu, \q2 na ɔko mu nso, obegye wo afi afoa ano. \q1 \v 21 Wɔbɛbɔ wo ho ban afi ntwirii ho \q2 na sɛ ɔsɛe ba a ɛnsɛ sɛ wusuro. \q1 \v 22 Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm; \q2 na ɛnsɛ sɛ wusuro asase so mmoa. \q1 \v 23 Wo ne afuw so abo bɛyɛ apam, \q2 na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoe mu. \q1 \v 24 Wubehu sɛ wo ntamadan wɔ bammɔ; \q2 na sɛ wosese wʼahode a wubehu sɛ hwee nyeraa ɛ. \q1 \v 25 Wubehu sɛ wo mma bɛyɛ bebree; \q2 na wʼase bɛfɛe sɛ asase so sare. \q1 \v 26 Wode ahoɔden bɛkɔ ɔda mu, \q2 te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwabere mu. \b \q1 \v 27 “Yɛahwehwɛ eyi mu, na ɛyɛ nokware \q2 ɛno nti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.” \c 6 \s1 Hiob Bua Elifas \p \v 1 Na Hiob buae se, \q1 \v 2 “Sɛ wobetumi akari mʼawerɛhowdi \q2 na me haw nso wɔde agu nsania so a, \q1 \v 3 anka emu bɛyɛ duru asen nwea a ɛwɔ po mu nyinaa, \q2 enti ɛnyɛ nwonwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya. \q1 \v 4 Otumfo agyan no wɔ me mu, \q2 me honhom nom ano bɔre no; \q2 wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me. \q1 \v 5 Wuram afurum su wɔ bere a wanya sare ana, \q2 na nantwi nso su wɔ bere a wanya nʼaduan ana? \q1 \v 6 So wodi aduan a nkyene nni mu? \q2 Na ɔdɛ bi wɔ nkesua mu fufu mu ana? \q1 \v 7 Mempɛ sɛ mede me nsa ka; \q2 aduan a ɛte saa no bɔ me yare. \b \q1 \v 8 “Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisade, \q2 sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea mʼani da so no ama me, \q1 \v 9 sɛ Onyankopɔn bɛpɛ sɛ ɔdwerɛw me \q2 sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me, \q1 \v 10 ɛne anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekye yi, \q2 a ɛyɛ anigye a mewɔ wɔ ɔyaw a entwa da yi mu, \q2 ne Ɔkronkronni no nsɛm a mimmuu so yi. \b \q1 \v 11 “Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ minya anidaso? \q2 Daakye nneɛma pa bɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase? \q1 \v 12 Mewɔ ahoɔden sɛ ɔbo ana? \q2 Me honam yɛ kɔbere mfrafrae ana? \q1 \v 13 So mewɔ tumi bi a mede bɛboa me ho \q2 saa bere yi a nkonimdi apare me yi ana? \b \q1 \v 14 “Obiara a ɔbɔ nʼadamfo ayamye sɛn no \q2 gyaw Otumfo no ho suro. \q1 \v 15 Nanso ahotoso nni me nuanom mu sɛ nsuwansuwa a eyiri na ɛyow, \q2 sɛ nsuwansuwa a eyiri \q1 \v 16 bere a sukyerɛmma renan \q2 na mparuwbo nso redan nsu, \q1 \v 17 nanso owiabere mu no ɛsen bio \q2 na ɔhyew nti nsu no tu yera. \q1 \v 18 Akwantufo man fi wɔn akwan so; \q2 wɔforo kɔ nsase a awuwu so ma wowuwu. \q1 \v 19 Tema akwantufo hwehwɛ nsu, \q2 Seba aguadifo akwantufo de anidaso hwehwɛ nsu. \q1 \v 20 Wɔn ho yeraw wɔn, efisɛ na wɔwɔ awerehyɛmu; \q2 woduu hɔ, na wɔn anidaso yɛ ɔkwa. \q1 \v 21 Afei, wo nso woakyerɛ sɛ wo so nni mfaso; \q2 wuhu biribi a ɛyɛ hu na wusuro. \q1 \v 22 So maka pɛn se, ‘Me nti momma biribi, \q2 sɛ mumfi mo ahode mu ntua me ti so sika, \q1 \v 23 sɛ munnye me mfi mʼatamfo nsam, \q2 ne atirimɔdenfo nkyehama mu ana?’ \b \q1 \v 24 “Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm; \q2 monkyerɛ me mfomso a mayɛ. \q1 \v 25 Nokwareka yɛ yaw, \q2 na mo adwenkyerɛ no kosi dɛn? \q1 \v 26 So mokyerɛ sɛ mubesiesie sɛ nea meka no, \q2 na moafa mʼahometew nsɛm sɛ mframa ana? \q1 \v 27 Mpo mobɛbɔ ayisaa so ntonto, \q1 na mode mo adamfo adi nsesagua. \b \q1 \v 28 “Afei momfa ahummɔbɔ nhwɛ me. \q2 Metumi adi atoro wɔ mo anim ana? \q1 \v 29 Montɔ mo bo ase, mummu ntɛnkyew; \q2 monsan nnwen ho, efisɛ eyi fa me pɛpɛyɛ ho. \q1 \v 30 Amumɔyɛsɛm wɔ mʼano ana? \q2 Minnim papa ne bɔne ntam nsonoe ana? \b \c 7 \q1 \v 1 “Asase so som nyɛ den mma onipa ana? \q2 Ne nkwanna nte sɛ ɔpaani de? \q1 \v 2 Sɛnea akoa ani gyina anwummere sunsuma, \q2 anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no, \q1 \v 3 saa ara na wɔatwa asram hunu ato me hɔ, \q2 ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me. \q1 \v 4 Sɛ meda a, midwen bisa se, ‘Bere bɛn na ade bɛkye?’ \q2 Nanso anadwo twa mu nkakrankakra, na mepere kosi ahemadakye. \q1 \v 5 Asunson ne aporɔporɔw afura me nipadua, \q2 me were atetew na ɛrefi nsu. \b \q1 \v 6 “Me nna kɔ ntɛm sen ɔnwemfo akurokurowa, \q2 na ɛkɔ awiei a anidaso biara nni mu. \q1 \v 7 Ao, Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ɔhome; \q2 na mʼani renhu anigye bio da. \q1 \v 8 Ani a ehu me mprempren no renhu me bio; \q2 mobɛhwehwɛ me, nanso na minni hɔ bio. \q1 \v 9 Sɛnea omununkum yera na etu kɔ, \q2 saa ara na nea ɔkɔ ɔda mu no nsan mma bio. \q1 \v 10 Ɔrensan mma ne fi da biara da bio; \q2 nʼatenae renkae no bio. \b \q1 \v 11 “Ɛno nti meremmua mʼano; \q2 mifi me honhom ahoyeraw mu akasa, \q2 mefi me kra ɔyaw mu anwiinwii. \q1 \v 12 So meyɛ ɛpo anaa aboa kɛse a ɔwɔ bun mu, \q2 na mode me ahyɛ ɔwɛmfo nsa yi? \q1 \v 13 Sɛ midwen sɛ minya awerɛkyekye wɔ me mpa so, \q2 na mʼakongua adwudwo mʼanwiinwii ano a, \q1 \v 14 ɛno mpo na wode adaeso yi me hu \q2 na wode anisoadehu hunahuna me, \q1 \v 15 ɛno nti mepɛ ɔsɛn ne owu, \q2 sen me nipadua yi. \q1 \v 16 Mimmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ. \q2 Munnyaa me; na me nna nka hwee. \b \q1 \v 17 “Ɔdesani ne hena a ne ho hia wo sɛɛ, \q2 na wʼani ku ne ho, \q1 \v 18 na wohwehwɛ ne mu anɔpa biara \q2 na wosɔ no hwɛ bere biara? \q1 \v 19 Worennyi wʼani mfi me so da, \q2 anaasɛ worennyaa me bere tiaa bi mpo ana? \q1 \v 20 Sɛ mayɛ bɔne a, dɛn na mayɛ wo, \q2 Ao adesamma so wɛmfo? \q1 Adɛn nti na watu wʼani asi me so? \q2 Mayɛ adesoa ama wo ana? \q1 \v 21 Adɛn nti na wonkata me mmarato so \q2 na womfa me bɔne nkyɛ me? \q1 Ɛrenkyɛ biara, mɛda mfutuma mu. \q2 Wobɛhwehwɛ me nanso na minni hɔ bio.” \c 8 \s1 Bildad Asɛnka A Edi Kan \p \v 1 Na Suhini Bildad buae se: \q1 \v 2 “Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akosi da bɛn? \q2 Wo nsɛm yɛ mframa huhuw. \q1 \v 3 Onyankopɔn kyea atɛntrenee ana? \q2 Otumfo kyea nea ɛteɛ ana? \q1 \v 4 Bere a wo mma yɛɛ bɔne tiaa no no, \q2 ogyaw wɔn maa wɔn bɔne so akatua. \q1 \v 5 Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so \q2 na woabɔ Otumfo no mpae, \q1 \v 6 sɛ woyɛ kronkron, na woteɛ a, \q2 wo nti, ɔbɛma ne ho so mprempren \q2 na wama wo asi wo dedaw mu. \q1 \v 7 Wo mfiase bɛyɛ nkakrankakra \q2 na daakye woanya ama abu so. \b \q1 \v 8 “Bisa awo ntoatoaso a atwa mu no, \q2 na hwehwɛ nea wɔn agyanom hui, \q1 \v 9 na wɔwoo yɛn nkyɛe na yennim hwee, \q2 yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsuma. \q1 \v 10 Wɔrenkyerɛkyerɛ wo na wɔrenka nkyerɛ wo ana? \q2 Wɔremfi wɔn ntease mu nka nsɛm bi ana? \q1 \v 11 So paparɔso betumi anyin akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora? \q2 Demmire betumi afifi baabi a nsu nni ana? \q1 \v 12 Bere a ɛrenyin a wontwae no, \q2 ɛhyew ntɛm so sen sare. \q1 \v 13 Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no awiei te; \q2 saa ara na wɔn a wonni nyamesu no anidaso nkosi hwee. \q1 \v 14 Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden; \q1 nea ɔde ne ho to so no yɛ ananse ntontan. \q1 \v 15 Otweri ne ntontan, nanso ɛtetew; \q2 oso mu dennen, nanso ɛnyɛ yie. \q1 \v 16 Ɔte sɛ afifide a wogugu so nsu yiye a esi owia mu, \q2 ɛtrɛtrɛw ne mman mu wɔ turo no so; \q1 \v 17 Ne ntin nyin fa abotan ho, \q2 na ɛhwehwɛ ɔkwan kɔ abo mu. \q1 \v 18 Nanso sɛ wotu fi ne sibea a, \q2 saa beae no nnim no bio na ɛka se, ‘Minhuu wo da.’ \q1 \v 19 Ampa ara ne nkwa twa mu, \q2 na afifide foforo nyin asase no so. \b \q1 \v 20 “Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm \q2 na ɔnhyɛ amumɔyɛfo nsa mu den. \q1 \v 21 Ɔbɛma woaserew bio, \q2 na wode ahosɛpɛw ateɛteɛ mu. \q1 \v 22 Wɔde aniwu befura wɔn a wɔtan wo, \q1 na amumɔyɛfo ntamadan bɛsɛe.” \c 9 \s1 Hiob Bua Bildad \p \v 1 Na Hiob kasaa bio se: \q1 \v 2 “Yiw, minim sɛ eyi yɛ nokware. \q2 Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani bɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim? \q1 \v 3 Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi ano a, \q2 ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano. \q1 \v 4 Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so. \q2 Hena na ɔne no adi asi na ne ho baabiara anti? \q1 \v 5 Otutu mmepɔw a wonnim ho hwee \q2 obubu wɔn fa so wɔ nʼabufuw mu. \q1 \v 6 Ɔwosow asase fi ne sibea, \q2 na ɔma ne nnyinaso wosow biribiri. \q1 \v 7 Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn, \q2 na ɔsɔw nsoromma hyerɛn ano. \q1 \v 8 Ɔno nko ara na ɔtrɛw ɔsoro mu, \q2 na ɔnantew po asorɔkye so. \q1 \v 9 Ɔno ne Nyankrɛnte, Akokɔbeatan ne ne mma Yɛfo; \q2 anafo fam nsorommakuw no. \q1 \v 10 Ɔyɛ anwonwade a wontumi nte ase, \q2 nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan. \q1 \v 11 Sɛ ɔnam me ho a, minhu no; \q2 sɛ ɔsen a, minhu no. \q1 \v 12 Sɛ ohwim kɔ a, hena na osiw no kwan? \q2 Hena na obetumi abisa no se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’ \q1 \v 13 Onyankopɔn nkora nʼabufuw so; \q1 Rahab aboafo mpo ho popo wɔ nʼanim. \b \q1 \v 14 “Na me ne hena a mene no beyiyi ano? \q2 Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de begye akyinnye? \q1 \v 15 Sɛ minnim ho hwee mpo a, merentumi nyi nʼano; \q2 ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔbɔ afi me temmufo nkyɛn. \q1 \v 16 Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a, \q2 minnye nni sɛ obetie mʼasɛm. \q1 \v 17 Ɔde asorɔkye bɛhwe me \q2 ama mʼapirakuru adɔɔso kwa. \q1 \v 18 Ɔremma minnya mʼahome, bio, \q2 ɔde awerɛhow bɛhyɛ me ma tɔ. \q1 \v 19 Sɛ ɛyɛ ahoɔden asɛm a, ɔyɛ ɔhoɔdenfo! \q2 Na sɛ ɛba atɛntrenee nso a, hena na ɔne no bedi asi? \q1 \v 20 Sɛ midi bem mpo a, mʼano bebu me kumfɔ; \q2 sɛ me ho nni asɛm a, ebebu me fɔ. \b \q1 \v 21 “Ɛwɔ mu sɛ midi bem de, \q2 nanso mimmu me ho; \q2 abrabɔ afono me. \q1 \v 22 Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno nti na meka se, \q2 ‘Ɔsɛe nea ne ho nni asɛm ne omumɔyɛfo.’ \q1 \v 23 Bere a amanehunu de owu aba no, \q2 ɔserew nea ne ho nni asɛm no abawpa. \q1 \v 24 Bere a asase akɔ amumɔyɛfo nsam no, \q2 ofura ɛso atemmufo ani. \q2 Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena? \b \q1 \v 25 “Me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo; \q2 ɛsen kɔ a anigye kakra mpo nni mu. \q1 \v 26 Etwa mu kɔ sɛ akorow a wɔde paparɔso ayɛ \q2 te sɛ akɔre a wɔretow akyere wɔn hanam. \q1 \v 27 Sɛ meka se, ‘Me werɛ mfi mʼanwiinwii, \q2 mɛsakra me nsɛnka, na maserew a,’ \q1 \v 28 me yaw ahorow no bɔ me hu ara. \q1 Na minim sɛ, woremmu me bem. \q1 \v 29 Woabu me fɔ dedaw nti, \q2 adɛn na ɛsɛ sɛ mehaw me ho kwa? \q1 \v 30 Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina guare \q2 na mede samina hohoro me nsa ho a, \q1 \v 31 wobɛtow me akyene dontori amoa mu, \q2 ama mʼatade mpo akyi me. \b \q1 \v 32 “Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano, \q2 na yɛakogyina asennii abobɔ yɛn nkuro. \q1 \v 33 Sɛ anka obi wɔ hɔ a obesiesie yɛn ntam \q2 na waka yɛn baanu abɔ mu, \q1 \v 34 obi a obeyi Onyankopɔn abaa afi me so, \q2 na nʼahunahuna ammɔ me hu bio. \q1 \v 35 Anka mɛkasa a merensuro no, \q1 nanso saa tebea a mewɔ mu yi de, mintumi. \b \c 10 \q1 \v 1 “Abrabɔ afono me; \q2 enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie \q2 na mɛkasa afi me kra yawdi mu. \q1 \v 2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn se: Mmu me kumfɔ, \q2 na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me. \q1 \v 3 Ɛyɛ wo fɛ sɛ wohyɛ me so, \q2 de po wo nsa ano adwuma, \q2 na woserew hwɛ amumɔyɛfo nhyehyɛe? \q1 \v 4 Wowɔ ɔhonam mu ani ana? \q2 Wuhu ade te sɛ ɔdesani ana? \q1 \v 5 Wo nkwanna te sɛ ɔdesani \q2 anaa wo mfe te sɛ onipa hoɔdenfo, \q1 \v 6 a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomso \q2 na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu? \q1 \v 7 Ɛwɔ mu, wunim sɛ minni fɔ, \q1 na obiara nso ntumi nnye me mfi wo nsam. \b \q1 \v 8 “Wo nsa na ɛnwenee me na ɛbɔɔ me. \q2 Afei wobɛdan wo ho asɛe me ana? \q1 \v 9 Kae sɛ wonwen me sɛ dɔte. \q2 Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana? \q1 \v 10 So woanhwie me sɛ nufusu \q2 na woammɔ me toa sɛ srade, \q1 \v 11 amfa were ne honam ankata me ho \q2 ankeka nnompe ne ntin antoatoa mu ana? \q1 \v 12 Womaa me nkwa, yii ayamye kyerɛɛ me, \q2 na ɔhwɛsie mu wohwɛɛ me honhom so. \b \q1 \v 13 “Nanso eyi na wode siee wo koma mu, \q2 na minim sɛ na eyi wɔ wʼadwene mu. \q1 \v 14 Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me \q2 na wobɛma me so asotwe. \q1 \v 15 Na sɛ midi fɔ a, nnome nka me! \q2 Na sɛ mpo midi bem a, merentumi mma me ti so, \q1 efisɛ aniwu ahyɛ me ma \q2 na mʼamanehunu amene me. \q1 \v 16 Na sɛ mema me ti so a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata, \q2 na bio woda wʼanwonwatumi no adi tia me. \q1 \v 17 Wode nnansefo foforo betia me \q2 na woma wʼabufuw ano yɛ den wɔ me so; \q2 wʼasraafo tu ba me so bere biara. \b \q1 \v 18 “Adɛn nti na woma wɔwoo me? \q2 Ɛkaa me nko a anka miwui ansa na ani bi rehu me. \q1 \v 19 Sɛ anka mamma nkwa yi mu, \q2 anaasɛ wɔsoaa me fi awotwaa mu de me kɔɔ ɔda mu tee! \q1 \v 20 So ɛnkaa kakraa bi na me nna kakraa no to ntwaa ana? \q2 Gyaa me na minya anigye bere tiaa bi \q1 \v 21 ansa na makɔ koransan \q2 kusuuyɛ ne sunsuma kabii asase so, \q1 \v 22 asase a ɛyɛ anadwo sum kabii, \q2 sum kabii ne sakasaka, \q2 baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ sum.” \c 11 \s1 Sofar Mmuae A Edi Kan \p \v 1 Na Naamani Sofar buae se, \q1 \v 2 “Ɛnsɛ sɛ woyi saa nsɛm yi ano ana? \q2 Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔkasafo yi bem ana? \q1 \v 3 Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm ana? \q2 Sɛ wudi fɛw a obiara nka wʼanim ana? \q1 \v 4 Woka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Me gyidi ho nni asɛm \q2 na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’ \q1 \v 5 Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa, \q2 anka ɔnkasa ntia wo \q1 \v 6 na ommue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, \q2 efisɛ nyansa turodoo yɛ afanu. \q2 Hu sɛ Onyankopɔn werɛ afi wo bɔne no bi mpo. \b \q1 \v 7 “Wubetumi ate Onyankopɔn anwonwade ase ana? \q2 Wubetumi abɔre ahu nea Otumfo no tumi kɔpem ana? \q1 \v 8 Ɛkorɔn sen ɔsoro, dɛn na wubetumi ayɛ? \q2 Emu dɔ sen ɔda ase tɔnn, dɛn na wubetumi ahu? \q1 \v 9 Ne nsusuwii mu ware sen asase \q2 na ɛtrɛw sen po. \b \q1 \v 10 “Sɛ ɔba de wo bɛto afiase \q2 ansa na osi nkongua a, hena na obetumi asiw no kwan? \q1 \v 11 Ampa ara ohu nnipa nnaadaafo; \q2 na sɛ ohu bɔne a, ɔnhyɛ ne nsow ana? \q1 \v 12 Nanso ogyimifo rentumi nyɛ onyansafo da \q2 na wɔawo afurum ba sɛ onipa. \b \q1 \v 13 “Na sɛ wode wo koma ma no \q2 na wopagyaw wo nsa kyerɛ no, \q1 \v 14 sɛ wugyaa bɔne a wukura no mu \q2 na woamma amumɔyɛ antena wo ntamadan mu a \q1 \v 15 ɛno de, bɔne nni wo ho, wobɛma wo ti so; \q2 wubegyina pintinn a worensuro. \q1 \v 16 Wo werɛ befi wʼahokyere, \q2 na wɔbɛkae no sɛ nsu a asen kɔ. \q1 \v 17 Abrabɔ bɛhyerɛn asen owigyinae, \q2 na sum bɛyɛ sɛ adekyee hann. \q1 \v 18 Wubenya bammɔ, efisɛ anidaso wɔ hɔ; \q2 wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoe mu. \q1 \v 19 Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo, \q2 na bebree bɛhwehwɛ mmoa afi wo nkyɛn. \q1 \v 20 Amumɔyɛfo ani befura, \q2 wɔrentumi nguan; \q2 na wɔn anidaso bɛdan owu ahomegu.” \c 12 \s1 Hiob Bua Sofar \p \v 1 Na Hiob buae se, \q1 \v 2 “Akyinnye nni ho, mo ne nnipa no \q2 na muwu a na nyansa asa! \q1 \v 3 Nanso mewɔ adwene sɛ mo ara \q2 monnsen me. \q2 Hena na onnim saa nneɛma yi nyinaa? \b \q1 \v 4 “Mayɛ aserewde ama me nnamfonom, \q2 mefrɛɛ Onyankopɔn na obuae, \q2 aserewde teta bi, nanso meteɛ na me ho nni asɛm. \q1 \v 5 Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn no bu amanehunu animtiaa \q2 sɛnea wobu wɔn a wɔn nan rewatiri no awiei animtiaa no. \q1 \v 6 Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfo ntamadan, \q2 na wɔn a woyi Onyankopɔn abufuw wɔ bammɔ \q2 na Onyankopɔn bɔ nea ɔde ma wɔn ho ban. \b \q1 \v 7 “Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo \q2 anaasɛ wim nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo \q1 \v 8 anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo, \q2 anaasɛ ma po mu mpataa nka nkyerɛ wo. \q1 \v 9 Wɔn nyinaa mu hena na onnim sɛ \q2 \nd Awurade\nd* nsa na ayɛ eyi. \q1 \v 10 Ne nsam na abɔde nyinaa home wɔ \q2 ne adesamma nyinaa home. \q1 \v 11 So aso nsɔ nsɛm nhwɛ \q2 sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no ana? \q1 \v 12 Wonnya nyansa mfi mpanyin nkyɛn, \q2 na ɛnyɛ onyinkyɛ na ɛde ntease ba ana? \b \q1 \v 13 “Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn de; \q2 afotu ne ntease yɛ ne dea. \q1 \v 14 Nea obubu gu no, obiara rentumi nsi; \q2 nea ɔde no to afiase no, obiara rentumi nyi no. \q1 \v 15 Sɛ ɔma osu gyae tɔ a, asase no so yɛ wosee; \q2 sɛ ogyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no. \q1 \v 16 Ahoɔden ne nkonimdi yɛ ne de \q2 osisifo ne nea wosisi no no nso yɛ ne de. \q1 \v 17 Ɔpa afotufo ho ntama ma wɔkɔ \q2 na ɔma atemmufo yɛ nkwasea. \q1 \v 18 Ɔworɔw ahemfo nkyehama \q2 na ɔde abɔso bɔ wɔn asen. \q1 \v 19 Ɔpa asɔfo ho ntama, \q2 na otu nnipa a wɔn ase atim akyɛ gu. \q1 \v 20 Ɔka afotufo a wogye wɔn di no kasaboa hyɛ, \q2 na ogye mpanyimfo nhumu. \q1 \v 21 Ɔde animguase gu atitiriw so \q2 na otintim gye ahoɔdenfo nsam akode. \q1 \v 22 Ɔda sum mu nneɛma a ahintaw adi \q2 na ɔde sum kabii ba hann mu. \q1 \v 23 Ɔyɛ aman akɛse, na ɔsɛe wɔn; \q2 ɔtrɛw aman mu, na ɔhwete wɔn mu. \q1 \v 24 Ogye wiase akannifo adwene fi wɔn nsam; \q2 na ɔma wokyinkyin asase wosee a ɔkwan nna so so. \q1 \v 25 Wɔkeka wɔ sum mu a wonni kanea; \q1 na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabowfo.” \b \c 13 \q1 \v 1 “Mʼani ahu eyinom nyinaa, \q2 mʼaso ate, na ate ase. \q1 \v 2 Nea wunim no, me nso minim; \q2 wonyɛ abomfiaa mma me. \q1 \v 3 Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfo no \q2 na mekyerɛkyerɛ mʼasɛm mu kyerɛ Onyankopɔn. \q1 \v 4 Mode atoro mmom na asra me ho; \q2 mo nyinaa moyɛ ayaresafo a munsi hwee! \q1 \v 5 Sɛ mobɛyɛ komm koraa a \q2 ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo! \q1 \v 6 Afei muntie mʼano asɛm; \q2 muntie mʼanoyi. \q1 \v 7 Mobɛka amumɔyɛsɛm ama Onyankopɔn ana? \q2 Mobɛka nnaadaasɛm ama no ana? \q1 \v 8 Mobɛkyea mo aso ama no? \q2 Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no ana? \q1 \v 9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi mo yiye ana? \q2 Mubetumi adaadaa no sɛnea modaadaa nnipa no ana? \q1 \v 10 Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kokoa mu a, \q2 sɛnea ɛte biara, ɔbɛka mo anim \q1 \v 11 Nʼanuonyam mmɔ mo hu ana? \q2 Ne ho suro ntɔ mo so ana? \q1 \v 12 Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbu a ɛte sɛ nsõ; \q2 mo anoyi yɛ dɔte twann anoyi. \b \q1 \v 13 “Monyɛ komm mma menkasa; \q2 na nea ɛbɛyɛ me biara mmra me so. \q1 \v 14 Adɛn nti na mede me ho to amane mu \q2 na mede me nkwa to me nsam? \q1 \v 15 Ɛwɔ mu sɛ okum me de, nanso ne so na mʼani bɛda; \q2 ampa ara medi mʼakwan ho adanse wɔ nʼanim. \q1 \v 16 Nokware, eyi na ɛbɛyɛ me nkwagye, \q2 efisɛ nea onsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim! \q1 \v 17 Muntie me nsɛm yi yiye; \q2 monyɛ aso mma nea meka. \q1 \v 18 Afei a masiesie me nkurobɔ yi, \q2 minim sɛ medi bem. \q1 \v 19 Obi betumi abɔ me kwaadu ana? \q2 Sɛ ɛte saa de a, anka mɛyɛ komm na mawu. \b \q1 \v 20 “Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma abien yi pɛ ma me, \q2 na afei meremfa me ho nhintaw wo: \q1 \v 21 Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri, \q1 na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no. \q1 \v 22 Ɛno de, samena me na mɛba, \q2 anaa ma menkasa na bua me. \q1 \v 23 Mfomso ne bɔne dodow ahe na mayɛ? \q2 Kyerɛ me me mfomso ne me bɔne. \q1 \v 24 Adɛn nti na wode wʼanim asie me \q2 na wudwen sɛ meyɛ wo tamfo? \q1 \v 25 Wobɛyɛ ahaban a mframa rebɔ no ayayade ana? \q2 Wobɛtaa ntɛtɛ a awo ana? \q1 \v 26 Wokyerɛw sobo a ɛyɛ yaw tia me, \q2 na woka me mmabunmmere mu bɔne nyinaa gu me so. \q1 \v 27 Wode nkyehama gu mʼanan; \q2 wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yiye \q2 na wode agyiraehyɛde ayeyɛ mʼanammɔn mu. \b \q1 \v 28 “Enti onipa nkwa sa te sɛ ade a aporɔw, \q2 te sɛ atade a nwewee adi. \b \c 14 \q1 \v 1 “Nnipa a ɔbea awo wɔn \q2 nna yɛ tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma. \q1 \v 2 Ɔfefɛw te sɛ nhwiren na etwintwam; \q2 ɔte sɛ sunsuma a ɛretwa mu akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ. \q1 \v 3 Woma wʼani kɔ saa onipa yi so? \q2 Wode no bɛba wʼanim abebu no atɛn ana? \q1 \v 4 Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu? \q2 Obiara nni hɔ. \q1 \v 5 Woahyehyɛ onipa nkwa nna; \q2 woahyɛ nʼasram dodow ato hɔ \q2 na woahyɛ no bere a ɔrentumi ntra. \q1 \v 6 Enti yi wʼani fi ne so na ɔnyɛ nea ɔpɛ, \q2 kosi sɛ obewie nʼadwuma sɛ ɔpaani. \b \q1 \v 7 “Dua mpo anidaso wɔ hɔ ma no: \q2 Sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio, \q2 na ne mman foforo no rempenpan. \q1 \v 8 Ne ntin betumi anyin akyɛ asase mu \q2 na ne dunsin nso awu wɔ dɔte mu, \q1 \v 9 nanso, onya nsu a ɛfefɛw, \q2 na eyiyi mman sɛ dua a wɔatɛw. \q1 \v 10 Nanso sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; \q2 ɔhome nea etwa to a, na afei onni hɔ bio. \q1 \v 11 Sɛnea nsu tu yera wɔ po mu no, \q2 anaa sɛnea suka mu yowee no, \q1 \v 12 saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio; \q2 enkosi sɛ ɔsoro betwa mu no, nnipa rensɔre \q2 na wɔrennyan wɔn mfi wɔn nna mu. \b \q1 \v 13 “Sɛ anka wode me besie ɔda mu \q2 de me ahintaw kosi sɛ wʼabufuw betwa mu! \q1 Sɛ anka wobɛhyɛ me bere \q2 na afei woakae me! \q1 \v 14 Sɛ onipa wu a ɔbɛba nkwa mu bio ana? \q2 Mʼaperedi nna mu nyinaa \q2 mɛtwɛn akosi sɛ me foforoyɛ bɛba. \q1 \v 15 Wobɛfrɛ na megye wo so; \q2 wʼani begyina abɔde a wo nsa ayɛ. \q1 \v 16 Afei wobɛkan mʼanammɔntu \q2 na worenni me bɔne akyi. \q1 \v 17 Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotoku mu, \q1 na woakata mʼamumɔyɛ so. \b \q1 \v 18 “Nanso sɛnea mmepɔw so hohoro na ɛpompono \q1 na ɔbotan nso twe fi ne sibea no, \q1 \v 19 sɛnea nsu yiyi abo ho \q2 na osuhweam twe dɔte kɔ no \q2 saa ara na wosɛe onipa anidaso. \q1 \v 20 Wutintim ne so prɛko pɛ, na otwa mu kɔ; \q2 wosakra ne nipasu na wugya no kwan. \q1 \v 21 Sɛ wɔhyɛ ne mmabarima anuonyam a, onnim; \q2 na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, onhu. \q1 \v 22 Ɔno ara were mu yaw na ɔtee \q2 na ɔno ara ne ho na ogyam.” \c 15 \s1 Elifas Mmuae A Ɛto So Abien \p \v 1 Na Temanni Elifas buae se, \q1 \v 2 “Enti onyansafo de nsɛm a aba biara nni mu beyi nʼano \q2 anaasɛ ɔde apuei mframa a emu yɛ hyew bɛhyɛ nʼafuru ma? \q1 \v 3 Ɔde nsɛm huhuw begye akyinnye, \q2 aka nsɛm a mfaso biara nni so ana? \q1 \v 4 Wototo onyamesuro ase mmom \q2 na wusiw Onyankopɔn som ho kwan. \q1 \v 5 Wo bɔne kyerɛ wʼano nea ɔnka; \q2 na woafa anitew tɛkrɛma. \q1 \v 6 Wʼankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me de; \q2 wʼankasa wʼano di adanse tia wo. \b \q1 \v 7 “Wone onipa a wɔwoo wo dii kan ana? \q2 Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkoko ana? \q1 \v 8 Wutie Onyankopɔn afotu ana? \q2 Wo nko ara na wunim nyansa ana? \q1 \v 9 Dɛn na wunim a, yennim? \q2 Nhumu bɛn na wowɔ a yenni? \q1 \v 10 Nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn afa \q2 wɔn a wɔanyinyin sen wʼagya mpo. \q1 \v 11 Onyankopɔn awerɛkyekye \q2 ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo ana? \q1 \v 12 Adɛn nti na wo koma atwe wo akɔ \q2 adɛn nti na wʼani asɔ gya, \q1 \v 13 na woadan wʼabufuw agu Onyankopɔn so \q2 na woma saa nsɛm yi pue fi wʼano? \b \q1 \v 14 “Ɔdesani ne hena a obetumi ayɛ pɛ, \q2 anaasɛ nea ɔbea awo no bɛn na obetumi ayɛ ɔtreneeni? \q1 \v 15 Onyankopɔn nni ahotoso wɔ nʼakronkronfo mu \q2 ɔsorosoro mpo nyɛ kronkron wɔ nʼani so, \q1 \v 16 na me ne onipa debɔneyɛfo ne omumɔyɛfo a \q2 ɔnom bɔne sɛ nsu. \b \q1 \v 17 “Tie me, na mɛkyerɛ wo mu; \q2 ma menka nea mahu nkyerɛ wo, \q1 \v 18 nea anyansafo apae mu aka, \q2 a wɔamfa biribiara a wonya fii wɔn agyanom hɔ no ansie \q1 \v 19 (wɔn nko ara na wɔde asase no maa wɔn \q2 bere a ananafo biara nni wɔn mu): \q1 \v 20 Omumɔyɛfo kɔ ahohia mu, ne nkwanna nyinaa, \q2 na basabasayɛni nso, ne mfe a wɔahyehyɛ ama no nyinaa. \q1 \v 21 Nnyigyei a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma; \q2 na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ma no a, akorɔmfo tow hyɛ ne so. \q1 \v 22 Ɔpa abaw sɛ obeguan afi sum mu; \q2 wɔabɔ no ato hɔ ama afoa. \q1 \v 23 Okyinkyin hwehwɛ aduan; \q2 onim sɛ sum da no abɛn. \q1 \v 24 Ɔhaw ne ahoyeraw yi no hu; \q2 ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko, \q1 \v 25 efisɛ ɔteɛteɛ ne nsa kyerɛ Onyankopɔn \q2 na ɔma ne ho so tia Otumfo, \q1 \v 26 wɔde nkatabo a mu piw na ɛyɛ den \q2 kɔ ne so a, onsuro obiara. \b \q1 \v 27 “Ɛwɔ mu sɛ srade ama nʼafono atotɔ \q2 na nʼasen mu nam abubu agu so de, \q1 \v 28 nanso ɔbɛtena nkurow a agu so \q2 na watena afi a obi nte mu, \q2 afi a ɛrebubu mu. \q1 \v 29 Ɔrenkɔ so nyɛ ɔdefo bio, na nʼahonya rennyina, \q2 na nʼagyapade so bɛtew na ayera wɔ asase so. \q1 \v 30 Ɔrenguan sum no; \q2 ogyaframa bɛhyew ne mman, \q2 na Onyankopɔn anom ahomegu bɛsoa no akɔ. \q1 \v 31 Ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho to nneɛma huhuw so de daadaa ne ho, \q2 efisɛ ɔrennya hwee mfi mu. \q1 \v 32 Ansa na ne da bedu no, wobetua no ka a bi nka, \q2 na ne mman renyɛ frɔmfrɔm. \q1 \v 33 Ɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔaporow so aba a ennyin ɛ, \q2 te sɛ ngodua a ne nhwiren reporow gu fam. \q1 \v 34 Na abɔnefo fekuw a wonnim Onyankopɔn no rensow aba, \q2 na ogya bɛhyew wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntamadan. \q1 \v 35 Wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne; \q2 wɔn awotwaa siesie nnaadaa.” \c 16 \s1 Hiob Mmuae \p \v 1 Afei Hiob buae se, \q1 \v 2 “Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ eyinom; \q2 na mo nyinaa moyɛ ogyamserewfo! \q1 \v 3 So mo kasa tenten no remma awiei ana? \q2 Dɛn na ɛhaw mo nti a mugu so regye akyinnye yi? \q1 \v 4 Anka me nso metumi akasa sɛ mo, \q2 sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a, \q1 anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo \q2 na mabu mo animtiaa. \q1 \v 5 Nanso anka mɛhyɛ mo den; \q2 anka awerɛkyekye nsɛm a ebefi mʼanom no bɛma mo ahotɔ. \b \q1 \v 6 “Nanso sɛ mekasa a ɔyaw a mete no remmrɛ ase; \q2 na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae. \q1 \v 7 Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ \q2 woasɛe me fi pasaa. \q1 \v 8 Woakyekyere me, ama abɛyɛ adansedi; \q2 me so tew ara na ɛtew na edi adanse tia me. \q1 \v 9 Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw mu \q2 na ɔtwɛre ne se gu me so; \q2 nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me. \q1 \v 10 Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw; \q2 wɔbɔ me sotɔre de bu me animtiaa \q2 na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me. \q1 \v 11 Onyankopɔn de me ama abɔnefo \q2 watow me ato amumɔyɛfo nsam. \q1 \v 12 Na biribiara kɔ yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me; \q2 osoo me kɔn mu, tow me hwee hɔ. \q1 Ɔde me asi nʼani so; \q2 \v 13 nʼagyantowfo atwa me ho ahyia, \q1 ohwirew mʼasaabo mu a wanhu me mmɔbɔ \q2 maa me bɔnwoma petee fam. \q1 \v 14 Ɔba me so bere biara; \q2 na ɔtow hyɛ me so sɛ ɔkofo. \b \q1 \v 15 “Mapam atweaatam akata me were so \q2 na masie mʼanintɔn wɔ mfutuma mu. \q1 \v 16 Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ; \q2 sunsuma kabii atwa mʼani ho ahyia, \q1 \v 17 nanso me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara \q2 na me mpaebɔ yɛ kann. \b \q1 \v 18 “Asase, nkata me mogya so; \q2 na mma me sufrɛ to ntwa da! \q1 \v 19 Mprempren mpo, me danseni wɔ ɔsoro; \q2 me kamafo wɔ soro hɔ. \q1 \v 20 Me dimafo yɛ mʼadamfo \q2 bere a mʼaniwa tew nisu gu Onyankopɔn so yi; \q1 \v 21 ogyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim \q2 sɛnea obi di ma nʼadamfo no. \b \q1 \v 22 “Mfe kakraa bi akyi \q2 ansa na metu kwan akɔ koransan. \c 17 \q1 \v 1 Me honhom atɔ beraw, \q2 me nna so atwa, \q2 na ɔda retwɛn me. \q1 \v 2 Ampa ara fɛwdifo atwa me ho ahyia; \q2 ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutuwpɛ. \b \q1 \v 3 “Ao Onyankopɔn, hyɛ me bɔ a wuhia. \q2 Hena bio na ɔbɛma me bammɔ? \q1 \v 4 Wɔato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase; \q2 enti woremma wonni nkonim. \q1 \v 5 Sɛ obi sopa ne nnamfonom de gye akatua a, \q2 ɛbɛhwere ne mma aniwa. \b \q1 \v 6 “Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano, \q2 obi a wɔte ntasu gu nʼani so. \q1 \v 7 Awerɛhow ama mʼani ayɛ siamoo \q2 me nipadua nyinaa yɛ sunsuma. \q1 \v 8 Ɛyɛ atreneefo nwonwa; \q2 wɔn a wodi bem tia wɔn a wonni nyamesu. \q1 \v 9 Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim, \q2 na wɔn a wɔn nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden. \b \q1 \v 10 “Mo nyinaa monsan mmra mmɛsɔ nhwɛ! \q2 Na merennya onyansafo wɔ mo mu. \q1 \v 11 Me nna atwa mu, me nhyehyɛe apansam. \q2 Nanso me koma apɛde \q1 \v 12 ma anadwo dan awia; \q2 sum mu koraa no hann bɛn. \q1 \v 13 Sɛ ofi a mʼani da so nkutoo ne ɔda, \q2 sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ sum mu, \q1 \v 14 sɛ meka kyerɛ porɔwee se, ‘Wo yɛ mʼagya,’ \q2 ne osunson se, ‘Me na’ anaa ‘Me nuabea’ a, \q1 \v 15 na afei mʼanidaso wɔ he? \q2 Hena na obetumi anya anidaso bi ama me? \q1 \v 16 Ebesian akɔ owu pon ano ana? \q1 Yɛn nyinaa besian akɔ mfutuma mu ana?” \c 18 \s1 Bildad Mmuae A Ɛto So Abien \p \v 1 Na Suhini Bildad buae se, \q1 \v 2 “Bere bɛn na wubegyae kasa tenten yi? \q2 Dwene ho yiye, na afei yebetumi akasa. \q1 \v 3 Adɛn nti na wofa yɛn sɛ anantwi \q2 na wususuw sɛ yennim nyansa yi? \q1 \v 4 Wo a wode abufuw tetew wo mu nketenkete, \q2 wo nti na yemfi asase so \q2 anaasɛ wonnwiriw abotan mfi wɔn sibea ana? \b \q1 \v 5 “Omumɔyɛfo kanea adum; \q2 na ne gya nnɛw bio. \q1 \v 6 Hann a ɛwɔ ne ntamadan mu duru sum; \q2 kanea a esi ne ho no dum. \q1 \v 7 Nʼanammɔntu mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; \q2 nʼankasa nhyehyɛe hwe no ase. \q1 \v 8 Nʼanammɔn de no kɔ afiri mu, \q2 na okyinkyin kɔtɔ ne tan mu. \q1 \v 9 Afiri so ne nantin \q2 na eso ne mu dennen. \q1 \v 10 Wɔasum no afiri ahintaw wɔ fam; \q2 afiri wɔ ne kwan mu. \q1 \v 11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa \q2 na ɛhaw no wɔ nʼanammɔntu biara mu. \q1 \v 12 Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no; \q2 na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no. \q1 \v 13 Ɛwewe ne honam ani baabi; \q2 na owu di kan sɛe nʼakwaa. \q1 \v 14 Wɔtwe no fi ne ntamadan bammɔ mu \q2 na wɔde no brɛ ahunahunahene. \q1 \v 15 Ogya te ne ntamadan mu; \q2 na wɔabɔ sufre a ɛredɛw apete nʼatenae. \q1 \v 16 Ne ntin wuwu wɔ ase \q2 na ne mman nso wu wɔ soro. \q1 \v 17 Wɔnnkae no asase so bio; \q2 na onni din wɔ asase so. \q1 \v 18 Wɔka no fi hann mu kɔ sum mu \q2 na wɔpam no fi wiase. \q1 \v 19 Onni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfo mu, \q2 na nʼaseni biara renka wɔ baabi a ɔtenae. \q1 \v 20 Nnipa a wofi atɔe fam ho adwiriw wɔn wɔ nea ato no no ho; \q2 na aninyanne bunkam wɔn a wɔwɔ apuei fam no so. \q1 \v 21 Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te; \q2 sɛɛ ne beae a nea onnim Onyankopɔn no te.” \c 19 \s1 Hiob Bua Bildad \p \v 1 Na Hiob buae se, \q1 \v 2 “Mobɛhyɛ me ɔyaw \q2 na mode nsɛm abubu me akosi da bɛn? \q1 \v 3 Mpɛn du ni a moasopa me; \q2 mo ani nwu sɛ motow hyɛ me so. \q1 \v 4 Sɛ ɛyɛ nokware sɛ mafom ɔkwan a, \q2 me mfomso yɛ me nko ara asɛm. \q1 \v 5 Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so asen me \q2 na mode mʼanimguase ayɛ adanse atia me a, \q1 \v 6 ɛno de munhu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne \q2 na ɔde ne tan atwa me ho ahyia. \b \q1 \v 7 “Ɛwɔ mu, misu se, ‘Wɔafom me’ de, nanso obiara mmua me; \q2 meteɛ mu pɛ mmoa, nanso atɛntrenee biara nni hɔ. \q1 \v 8 Wasiw me kwan enti mintumi nsen; \q2 ɔde sum aduru mʼakwan so. \q1 \v 9 Wayi mʼanuonyam afi me so \q2 na watu mʼahenkyɛw afi me ti so. \q1 \v 10 Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me; \q2 watu mʼanidaso ase te sɛ dua. \q1 \v 11 Nʼabufuw huru tia me; \q2 na wakan me afra nʼatamfo mu. \q1 \v 12 Nʼakofo ba anibere so; \q2 wosisi mpie de tia me \q2 na wotwa me ntamadan ho hyia. \b \q1 \v 13 “Wayi me nuabarimanom afi me ho; \q2 na mʼamanifo atwe wɔn ho koraa. \q1 \v 14 Mʼabusuafo kɔ; \q2 na me nnamfonom werɛ afi me. \q1 \v 15 Mʼahɔho ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔho; \q2 mete sɛ ɔnanani ma wɔn. \q1 \v 16 Mefrɛ me somfo, na ommua; \q2 mpo, metew mʼano srɛ no. \q1 \v 17 Me home bɔn me yere; \q2 me ho afono mʼankasa nuabarimanom. \q1 \v 18 Mpo, mmarimaa nkumaa bu me animtiaa; \q2 sɛ mipue a wodi me ho fɛw. \q1 \v 19 Me nnamfo ankasa nyinaa kyi me; \q2 mʼadɔfo asɔre atia me. \q1 \v 20 Maka were ne nnompe, \q2 nea mede aguan nkutoo ne me se akyi nam. \b \q1 \v 21 “Munhu me mmɔbɔ, me nnamfonom, munhu mmɔbɔ, \q2 na Onyankopɔn nsa abɔ me. \q1 \v 22 Adɛn nti na motaa me sɛnea Onyankopɔn yɛ no? \q2 Na mommfa me honam yi saa ara? \b \q1 \v 23 “Ao, sɛ anka wɔde me nsɛm bɛhyɛ nhoma mu, \q2 anka wɔbɛkyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so, \q1 \v 24 anka wɔde dade pɛe bɛkyerɛw wɔ sumpii so, \q2 anaa wobekuruakyerɛw wɔ ɔbotan so afebɔɔ! \q1 \v 25 Minim sɛ me dimafo te ase, \q2 na awiei no ɔbɛsɔre agyina asase so. \q1 \v 26 Na wɔasɛe me were awie no, \q2 mefi me were mu ahu Onyankopɔn. \q1 \v 27 Me ara mehu no \q2 mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforo ani, behu no. \q2 Sɛnea me koma ho pere wɔ me mu! \b \q1 \v 28 “Sɛ moka se, ‘Yɛbɛteetee no, \q2 efisɛ ɔhaw no fi ɔno ara a,’ \q1 \v 29 ɛsɛ sɛ mo ankasa musuro afoa no \q2 na abufuw nam afoa so de asotwe bɛba, \q2 na mubehu sɛ atemmu wɔ hɔ.” \c 20 \s1 Sofar Mmuae A Ɛto So Abien \p \v 1 Na Naamani Sofar buae se, \q1 \v 2 Me tirim mu ntew me, na ɛhyɛ me sɛ mimmua \q2 efisɛ me ho yeraw me yiye. \q1 \v 3 Mate animka bi a egu me ho fi, \q2 na ntease a minya no hyɛ me sɛ mimmua. \b \q1 \v 4 “Ampa ara wunim sɛnea nneɛma te fi tete, \q2 efi bere a wɔde nnipa duaa asase so no, \q1 \v 5 sɛ amumɔyɛfo ani gye bere tiaa bi mu, \q2 na wɔn a wonsuro nyame nso anigye nkyɛ. \q1 \v 6 Ɛwɔ mu sɛ nʼahohoahoa kodu ɔsoro, \q2 na ne ti kɔpem omununkum koraa a, \q1 \v 7 ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa nʼagyanan; \q2 na wɔn a wohuu no no bebisa se, ‘Ɔwɔ he?’ \q1 \v 8 Otu kɔ te sɛ ɔdae, na wɔrenhu no bio, \q2 wɔn werɛ fi te sɛ anadwo mu anisoadehu. \q1 \v 9 Ani a ehuu no no renhu no bio; \q2 na ne sibea nso renhu no bio. \q1 \v 10 Ne mma bɛpata ahiafo; \q2 ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya san ma. \q1 \v 11 Ne mmerantebere mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no \q2 ne no bɛkɔ mfutuma mu. \b \q1 \v 12 “Ɛwɔ mu sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ \q2 na ɔde sie ne tɛkrɛma ase, \q1 \v 13 ɛwɔ mu sɛ ontumi nnyaa mu \q2 na ɔma ɛka ne dudom, \q1 \v 14 nanso, nʼaduan bɛyɛ nwen wɔ ne yafunu mu; \q2 ɛbɛyɛ ɔwɔ ano bɔre wɔ ne mu. \q1 \v 15 Ɔbɛfe ahonyade a ɔmenee no; \q2 Onyankopɔn bɛma ne yafunu apuw agu. \q1 \v 16 Ɔbɛfefe awɔ bɔre; \q2 Ɔnanka se bekum no. \q1 \v 17 Ɔrennya nsuwansuwa no nnom \q2 nsubɔnten a nufusu ne ɛwo sen wɔ mu no. \q1 \v 18 Ɔbɛdan nea ɔbrɛ nyae no aba a ɔrenni bi; \q2 ɔremfa nʼaguadi mu mfaso nnye nʼani. \q1 \v 19 Efisɛ ɔhyɛɛ ahiafo so ma wodii ohia buruburoo; \q2 ɔde ne nsa ato afi a ɛnyɛ ɔno na osii so. \b \q1 \v 20 “Ampa ara ɔrennya ahomegye mfi nea wapere anya no mu; \q2 ɔrentumi mfa nʼademude nnye ne ho nkwa. \q1 \v 21 Wafom nneɛma nyinaa awie; \q2 ne nkɔso nnu baabiara. \q1 \v 22 Nʼadedodow nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu; \q2 na amanehunu a emu yɛ den bɛto no. \q1 \v 23 Bere a nʼafuru ayɛ ma no, \q2 Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuw gya agu ne so \q2 na wabobɔ no basabasa. \q1 \v 24 Ɛwɔ mu sɛ oguan fi dade akode ano \q2 nanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafrae bɛwɔ no. \q1 \v 25 Ɔtwe bɛmma no fi nʼakyi, \q2 ano hyɛnhyɛn no fi ne brɛbo mu. \q1 Ehu bɛba ne so; \q2 \v 26 sum kabii retwɛn nʼademude. \q1 Ogya a ɛnnɛw mu bɛhyew no, \q2 na asɛe nea aka wɔ ne ntamadan mu. \q1 \v 27 Ɔsoro bɛda nʼafɔdi adi, \q2 na asase asɔre atia no. \q1 \v 28 Nsuyiri bɛtwe ne fi akɔ, \q2 saa ara na asuworo bɛyɛ Onyankopɔn abufuwhyew da no. \q1 \v 29 Eyi ne nkrabea a Onyankopɔn de ma amumɔyɛfo, \q2 agyapade a Onyankopɔn de ato hɔ ama wɔn ne no.” \c 21 \p \v 1 Na Hiob buae se, \q1 \v 2 Muntie me nsɛm no yiye. \q2 Momma eyi nyɛ awerɛkyekye a mode ma me. \q1 \v 3 Munnya ntoboase mma me bere a merekasa, \q2 na sɛ mekasa wie a, monkɔ so nni fɛw. \b \q1 \v 4 “Minwiinwii hyɛ onipa ana? \q2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase? \q1 \v 5 Monhwɛ me, na mo ho nnwiriw mo; \q2 momfa mo nsa nkata mo ano. \q1 \v 6 Sɛ midwen eyi ho a, mebɔ hu; \q2 na me ho popo. \q1 \v 7 Adɛn nti na amumɔyɛfo tena nkwa mu? \q2 Wonyin kyɛ na wɔkɔ so di tumi. \q1 \v 8 Wohu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔso, \q2 wohu wɔn nenanom. \q1 \v 9 Ɔhaw nni wɔn afi mu, na ehu nni hɔ; \q2 Onyankopɔn asotwe mma wɔn so. \q1 \v 10 Wɔn anantwinini nnyɛ asaadwe; \q2 na wɔn anantwibere nwo a wɔmpɔn. \q1 \v 11 Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nguankuw; \q2 na emu mmotafowa no huruhuruw. \q1 \v 12 Wɔto nnwom wɔ akasae ne sanku so; \q2 na wɔde atɛntɛbɛn nnyigyei gye wɔn ani. \q1 \v 13 Wodi yiye wɔn nkwanna mu \q2 na wɔkɔ ɔdae mu asomdwoe mu. \q1 \v 14 Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Fi yɛn so! \q2 Yɛmpɛ sɛ yehu wʼakwan. \q1 \v 15 Hena ne otumfo no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? \q2 Sɛ yɛbɔ no mpae a mfaso bɛn na yebenya?’ \q1 \v 16 Nanso wɔn nkɔso no nni wɔn nsam, \q2 enti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho. \b \q1 \v 17 “Nanso mpɛn ahe na wodum amumɔyɛfo kanea? \q2 Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, \q2 nea Onyankopɔn fi nʼabufuw mu de ba no? \q1 \v 18 Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ sare wɔ mframa ano, \q2 te sɛ ntɛtɛ a mframaden bi apra wɔn? \q1 \v 19 Wɔka se, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’ \q2 Ɛsɛ sɛ ɔtwe onipa no ankasa aso ma ohu. \q1 \v 20 Ma ɔno ankasa ani nhu ne sɛe; \q2 ma Otumfo abufuwhyew no nka nʼani. \q1 \v 21 Dɛn na ɛfa wɔn ho fa wɔn abusuafo a woagyaw wɔn akyi no ho \q2 bere a asram a wɔatwa ama no aba awiei no? \b \q1 \v 22 “Obi betumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa, \q2 wɔ bere a obu atitiriw mpo atɛn? \q1 \v 23 Obi wu wɔ bere a ɔwɔ ahoɔden \q2 ne ho tɔ no na nʼaso mu adwo no, \q1 \v 24 na ne nipadua ayɛ frɔmfrɔm, \q2 na hon ahyɛ ne nnompe ma. \q1 \v 25 Ɔfoforo nso de ɔkra mu yawdi wu, \q2 a wanka asetena pa anhwɛ da. \q1 \v 26 Wosie wɔn nyinaa wɔ mfutuma koro mu, \q2 ma asunson nnunu wɔn nyinaa. \b \q1 \v 27 “Mahu mo adwene, \q2 ɔkwan a mobɛfa so afom me. \q1 \v 28 Moka se, ‘Onipa kɛse no fi wɔ he, \q2 ntamadan a omumɔyɛfo no tenaa mu no?’ \q1 \v 29 So mummmisaa wɔn a wotu kwan no asɛm da? \q2 Wɔn amanneɛbɔ mu nsɛm ho nhiaa mo \q1 \v 30 sɛ onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da, \q2 na wogye wɔn abufuwhyew da no ana? \q1 \v 31 Hena na ɔde ne suban si nʼanim? \q2 Hena na otua no nea wayɛ so ka? \q1 \v 32 Wɔsoa no kɔ ɔda mu, \q2 na wɔwɛn nʼaboda. \q1 \v 33 Obon mu dɔte yɛ no dɛ; \q2 nnipa nyinaa di nʼakyi, \q2 na dɔm a wontumi nkan wɔn di nʼanim. \b \q1 \v 34 “Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu bɛkyekye me werɛ? \q2 Mo mmuae nyɛ hwee sɛ atoro!” \c 22 \s1 Elifas Mmuae A Ɛto So Abien \p \v 1 Na Temanni Elifas buae se, \q1 \v 2 “Onyankopɔn benya onipa so mfaso ana? \q2 Mpo onyansafo so bɛba no mfaso ana? \q1 \v 3 Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, anigye bɛn na Otumfo no benya? \q2 Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfaso bɛn na obenya? \b \q1 \v 4 “Wo kronkronyɛ nti na ɔka wʼanim \q2 na ɔbɔ wo kwaadu ana? \q1 \v 5 Ɛnyɛ wʼamumɔyɛ na ɛso? \q2 Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo? \q1 \v 6 Wopɛɛ bammɔ fii wo nuanom nkyɛn a emfi hwee so; \q2 wopaa nnipa ho ntama ma wɔdaa adagyaw. \q1 \v 7 Woamma abrɛfo nsu annom \q2 na wode aduan kamee nea ɔkɔm de no, \q1 \v 8 nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, wɔ nsase, \q2 onuonyamfo a ɔte so. \q1 \v 9 Wopam akunafo ma wɔkɔɔ nsapan \q2 na womaa ayisaa nso ahoɔden sae. \q1 \v 10 Ɛno nti na mfiri atwa wo ho ahyia, \q2 na amanehunu a ɛba ntɛm so bɔ wo hu yi, \q1 \v 11 ɛno nti na sum kabii aduru a wunhu ade, \q2 na asorɔkye akata wo so yi. \b \q1 \v 12 “So Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri ana? \q2 Hwɛ sɛnea ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn! \q1 \v 13 Nanso woka se, ‘Dɛn na Onyankopɔn nim? \q2 Sum yi mu na obu atɛn ana? \q1 \v 14 Omununkum kabii akata nʼanim nti onhu yɛn \q2 bere a ɔnenam ɔsoro kontonkurowi mu.’ \q1 \v 15 So wobɛkɔ so afa ɔkwan dedaw a \q2 abɔnefo anantew so no so ana? \q1 \v 16 Wɔpraa wɔn kɔe ansa na wɔn bere reso, \q2 na nsuyiri hohoroo wɔn fapem. \q1 \v 17 Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se, ‘Gyaa yɛn! \q2 Dɛn na Otumfo betumi ayɛ yɛn?’ \q1 \v 18 Nanso ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afi mu, \q2 nti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho. \q1 \v 19 Atreneefo hu wɔn asehwe ma wɔn ani gye; \q2 na wɔn a wɔn ho nni asɛm serew wɔn ka se, \q1 \v 20 ‘Wɔasɛe yɛn atamfo, \q2 na ogya ahyew wɔn agyapade.’ \b \q1 \v 21 “Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoe wɔ ne mu; \q2 saa ɔkwan yi so na yiyedi bɛfa ayɛ wo kyɛfa. \q1 \v 22 Tie akwankyerɛ a efi nʼanom, \q2 na fa ne nsɛm sie wo koma mu. \q1 \v 23 Sɛ wosan kɔ Otumfo no nkyɛn a obegye wo ato mu bio: \q2 sɛ wuyi amumɔyɛsɛm fi wo ntamadan mu \q1 \v 24 na wotow wo sika mpɔw gu mfutuma mu \q2 ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abon mu no so a, \q1 \v 25 ɛno de Otumfo bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ \q2 ɔbɛyɛ dwetɛ ankasa ama wo. \q1 \v 26 Afei nokware wubenya anigye wɔ Otumfo mu \q2 na wobɛpagyaw wʼani akyerɛ Onyankopɔn. \q1 \v 27 Wobɛbɔ no mpae, na obetie wo, \q2 na wubedi wo bɔhyɛ so. \q1 \v 28 Nea woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu, \q2 na hann bɛtɔ wʼakwan so. \q1 \v 29 Sɛ nnipa hwe ase na woka se, ‘Ma wɔn so!’ a, \q2 obegye wɔn a wɔahwe ase no nkwa. \q1 \v 30 Obegye abɔnefo mpo, \q2 ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so begye wɔn.” \c 23 \s1 Hiob Mmuae \p \v 1 Na Hiob buae se, \q1 \v 2 “Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den; \q2 ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi. \q1 \v 3 Sɛ minim baabi a mehu no; \q2 anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a \q1 \v 4 anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim \q2 na magye akyinnye bebree. \q1 \v 5 Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me, \q1 na madwen nea ɔbɛka ho. \q1 \v 6 Ɔbɛsɔre atia me dennen ana? \q2 Dabi, ɔremmɔ me kwaadu. \q1 \v 7 Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim, \q2 na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ. \b \q1 \v 8 “Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ; \q2 sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no. \q1 \v 9 Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no; \q2 sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho. \q1 \v 10 Nanso onim ɔkwan a menam so; \q2 na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ. \q1 \v 11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ; \q2 na manantew nʼakwan so a mamman. \q1 \v 12 Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho, \q2 mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan. \b \q1 \v 13 “Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no? \q2 Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ. \q1 \v 14 Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me; \q2 ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree. \q1 \v 15 Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim; \q2 na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no. \q1 \v 16 Onyankopɔn ama me koma abotow; \q2 Otumfo ama mabɔ huboa. \q1 \v 17 Nanso sum no mma menka mʼano nto mu, \q2 sum kabii a ɛkata mʼanim no. \b \c 24 \q1 \v 1 “Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu? \q2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da? \q1 \v 2 Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye; \q2 na wɔde nguankuw a wɔawia kɔ hɔ adidi. \q1 \v 3 Wɔpam ayisaa mfurum \q2 na wogye akunafo anantwi sɛ awowaside. \q1 \v 4 Wosum ahiafo fi kwan so \q2 na wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw. \q1 \v 5 Sɛnea sare so mfurum yɛ no \q2 saa ara na ahiafo no yɛ wɔn adwuma de pɛ aduan; \q2 asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma. \q1 \v 6 Wɔboaboa mmoa aduan ano wɔ mfuw no so \q2 na wodi mpɛpɛ wɔ amumɔyɛfo bobe nturo mu. \q1 \v 7 Wonni ntama, na wɔda adagyaw anadwo; \q2 wonni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔw mu. \q1 \v 8 Mmepɔw so osu tɔ fɔw wɔn kyam \q2 na wɔtetare abotan no ho, efisɛ wonni nnae. \q1 \v 9 Wɔtew ayisaa fi nufu ano; \q2 na wɔfa ohiani abotafowa de si ne ka anan mu. \q1 \v 10 Wɔnenam adagyaw a wonni ntama; \q2 wɔsoa awi afiafi, nanso ɔkɔm de wɔn ara. \q1 \v 11 Wokyi ngo wɔn adan mu; \q2 wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn. \q1 \v 12 Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu, \q2 na apirafo kra su pɛ mmoa. \q2 Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so. \b \q1 \v 13 “Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no, \q2 wɔn a wonnim nʼakwan \q2 anaasɛ wɔnnantew nʼatempɔn so no. \q1 \v 14 Sɛ adekyee hann no kɔ a, owudifo no sɔre \q2 na okum ohiani ne mmɔborɔni; \q2 anadwo, mu owiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfo. \q1 \v 15 Ɔwaresɛefo twɛn bere a anim rebiribiri; \q2 ɔka se, ‘obiara renhu me,’ \q2 na ɔde nʼanim hintaw. \q1 \v 16 Sum mu na nnipa bubu apon wura afi mu, \q2 na adekyee, wɔtoto wɔn ho apon mu; \q2 wɔne hann nni hwee yɛ. \q1 \v 17 Sum kabii yɛ adekyee ma wɔn nyinaa; \q2 wɔne sum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo. \b \q1 \v 18 “Nanso wɔte sɛ ahuru a ɛte nsu ani; \q2 wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so, \q2 enti obiara nkɔ bobe nturo no mu. \q1 \v 19 Sɛnea ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma a anan kɔ no, \q2 saa ara na ɔda de wɔn a wɔayɛ bɔne kɔ ne no. \q1 \v 20 Awotwaa werɛ fi wɔn, \q2 na osunson di wɔn nam; \q1 nnipa bɔne de wɔnnkae wɔn bio \q2 na mmom wobubu te sɛ dua. \q1 \v 21 Wɔde ɔbea bonin a onni ba yɛ hanam, \q2 na wonhu akunafo mmɔbɔ. \q1 \v 22 Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfo kɔ; \q2 ɛwɔ mu sɛ wonya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho bɔhyɛ. \q1 \v 23 Otumi ma wɔn tena ase asomdwoe mu, \q2 nanso nʼani wɔ wɔn akwan so. \q1 \v 24 Wɔma wɔn so bere tiaa bi, na afei wonni hɔ bio; \q2 wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa; \q1 wotwitwa wɔn gu te sɛ aburow ti. \b \q1 \v 25 “Sɛ eyi nte saa a, hena na obetumi agye me akyinnye \q2 na ama nea maka no ayɛ nsɛnhunu?” \c 25 \s1 Bildad Mmuae A Ɛto So Abiɛsa \p \v 1 Na Suhini Bildad buae se, \q1 \v 2 “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; \q2 ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro. \q1 \v 3 Wobetumi akan nʼakofo ana? \q2 Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so? \q1 \v 4 Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim? \q2 Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn? \q1 \v 5 Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn \q2 na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a, \q1 \v 6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa, \q2 onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!” \c 26 \s1 Hiob Kyerɛ Nyankopɔn Kɛseyɛ \p \v 1 Na Hiob kasaa bio se, \q1 \v 2 “Woaboa nea onni tumi! \q2 Woagye basa a enni ahoɔden! \q1 \v 3 Woatu nea onnim nyansa fo! \q2 Na woada nhumu pa ara adi! \q1 \v 4 Hena na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi? \q2 Hena honhom na ɛkasa faa wo mu? \b \q1 \v 5 “Awufo wɔ ahoyeraw kɛse mu, \q2 wɔn a wɔwɔ nsu ase ne nea ɛte mu nyinaa. \q1 \v 6 Asaman da adagyaw Onyankopɔn anim; \q2 Ɔsɛe nso nni nkataso. \q1 \v 7 Ɔtrɛw wim atifi fam kata nea ɛda mpan so; \q2 na ɔde asase sensɛn ohunu so. \q1 \v 8 Ɔbɔ nsu boa hyɛ ne omununkum mu, \q2 nanso nsu no mu duru ntumi mpae no. \q1 \v 9 Ɔtrɛw ne omununkum mu \q2 de kata ɔsram ani. \q1 \v 10 Ɔhyɛ agyirae wɔ nsu so \q2 de to ɔhye wɔ hann ne sum ntam. \q1 \v 11 Ɔsoro nnyinaso wosow, \q2 na nʼanimka ma wɔn ho dwiriw wɔn. \q1 \v 12 Ɔde ne tumi wosow po \q2 ne nyansa mu, otwitwaa Rahab mu asinasin. \q1 \v 13 Ɔde ne home maa wim tewee; \q2 na ne nsa wɔɔ ɔwɔ a ɔrewea. \q1 \v 14 Eyinom yɛ ne nnwuma kakraa bi; \q2 ne tumi kakraa bi kɛkɛ! \q2 Na hena na obetumi ate ne tumi mmubomu no ase?” \c 27 \p \v 1 Hiob toaa nʼasɛm so se, \q1 \v 2 “Sɛ Onyankopɔn te ase yi, nea wammu me atɛntrenee no, \q2 Otumfo a wama madi me kra mu awerɛhow, \q1 \v 3 mmere dodow a nkwa wɔ me mu, \q2 na Onyankopɔn home wɔ me mu yi, \q1 \v 4 mʼano renka amumɔyɛsɛm, \q2 na me tɛkrɛma rentwa nkontompo. \q1 \v 5 Merennye nto mu da sɛ nea woka no yɛ nokware; \q2 merenka me mudi nhyɛ, kosi sɛ mewu. \q1 \v 6 Mekura me trenee mu, merennyaa mu; \q2 sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ. \b \q1 \v 7 “Ma mʼatamfo nyɛ sɛ amumɔyɛfo, \q2 na wɔn a wokyi me nyɛ sɛ atorofo. \q1 \v 8 Anidaso bɛn na wɔn a wonni nyamesu no wɔ wɔ wɔn wu akyi, \q2 bere a Onyankopɔn agye wɔn nkwa afi wɔn nsam no? \q1 \v 9 So Onyankopɔn tie wɔn sufrɛ \q2 bere a amanehunu aba wɔn so no ana? \q1 \v 10 So wɔn ani begye wɔ Otumfo no mu? \q2 Wobesu afrɛ Onyankopɔn bere biara ana? \b \q1 \v 11 “Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ; \q2 meremfa Otumfo no akwan nhintaw. \q1 \v 12 Mo ankasa moahu eyinom nyinaa. \q2 Afei nsɛnhunu yi ase ne dɛn? \b \q1 \v 13 “Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumɔyɛfo, \q2 agyapade a otirimɔdenfo nya fi Otumfo no nkyɛn: \q1 \v 14 Sɛ ɔwɔ mma dodow dɛn ara, wɔn nkrabea ne afoa; \q2 na nʼasefo rennidi mmee da. \q1 \v 15 Ɔyaredɔm besie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, \q2 na wɔn akunafo rensu wɔn. \q1 \v 16 Ɛwɔ mu sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfutuma \q2 na ɔboa ntama ano sɛ dɔte, \q1 \v 17 nea ɔpɛ gu hɔ no, atreneefo na wobefura \q2 na pɛpɛyɛfo no nso akyekyɛ dwetɛ no. \q1 \v 18 Ofi a osi no te sɛ ananse abubummaba, \q2 ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfo abɔ. \q1 \v 19 Ɔda hɔ te sɛ ɔdefo, nanso ɔrenna saa bio; \q2 ɔbɛtew nʼani no na ne nyinaa atu ayera. \q1 \v 20 Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyiri; \q2 ahum hwim no kɔ anadwo. \q1 \v 21 Apuei mframa soa no kɔ, na onni hɔ bio; \q2 ɛtwe no fi ne tenabea. \q1 \v 22 Ɛbɔ no a ahummɔbɔ nni mu \q2 bere a ɔreguan afi ne tumi ase. \q1 \v 23 Ɔde fɛw bɔ ne nsam \q2 na ɔpam no fi ne tenabea.” \b \c 28 \q1 \v 1 “Beae a wotu dwetɛ wɔ hɔ \q2 ne beae a wɔnan sika kɔkɔɔ. \q1 \v 2 Wotu dade fi fam, \q2 na wɔnan kɔbere fi dadebo mu. \q1 \v 3 Onipa ma sum ba awiei; \q2 na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu \q2 kɔhwehwɛ dadebo wɔ sum kabii mu. \q1 \v 4 Wɔde fagudetu afiri hyɛ beae a ɛmmɛn ɔdesani atenae, \q2 mmeae a nnipa anan nsii hɔ da, \q2 baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na wodi aforosian. \q1 \v 5 Asase a ɛbɔ aduan no, \q2 wɔdan ase no te sɛ nea wɔde ogya na ayɛ; \q1 \v 6 hoabo fi nʼabotan mu \q2 na sikakɔkɔɔ mpɔw nso wɔ ne mfutuma mu. \q1 \v 7 Ɔkɔre biara nnim saa kwan a ahintaw no, \q2 akoroma biara ani nhuu ɛ. \q1 \v 8 Mmoa ahantanfo nsi hɔ \q2 na gyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ. \q1 \v 9 Onipa nsa paapae abotan dennen \q2 na ɔma mmepɔw ase da hɔ. \q1 \v 10 Otwa aka fa abotan mu, \q2 na ohu nʼademude nyinaa. \q1 \v 11 Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔnten ti wɔ \q2 na ɔda nneɛma a ahintaw adi. \b \q1 \v 12 “Nanso ɛhe na yebehu nea nyansa hyɛ? \q2 Ɛhe na ntease te? \q1 \v 13 Onipa renhu ne bo a ɛsom; \q2 wɔrenhu wɔ ateasefo asase so. \q1 \v 14 Na ebun ka se, ‘Enni me mu’; \q2 na po nso se, ‘Enni me nkyɛn.’ \q1 \v 15 Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ ankasa ntɔ, \q2 na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne bo. \q1 \v 16 Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ \q2 apopobibiribo anaa hoabo nso saa ara. \q1 \v 17 Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho, \q2 na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinne nsesa. \q1 \v 18 Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahene panyin ne ahwehwɛbo din; \q2 nyansa bo sen nhene pa. \q1 \v 19 Etiopia akraatebo ne no nsɛ; \q2 wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronkron ntɔ. \b \q1 \v 20 “Ɛno de, na ɛhe na nyansa fi? \q2 Ɛhe na ntease te? \q1 \v 21 Wɔde asie abɔde biara ani, \q2 wɔde asie wim nnomaa mpo. \q1 \v 22 Ɔsɛe ne Owu ka se, \q2 ‘Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.’ \q1 \v 23 Onyankopɔn te ɔkwan a ɛkɔ hɔ ase, \q2 na ɔno nko ara na onim faako a ɛte, \q1 \v 24 efisɛ ɔhwɛ kodu nsase ano \q2 na ohu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase. \q1 \v 25 Bere a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔ \q2 na osusuw nsuwa no, \q1 \v 26 bere a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔ \q2 na otwaa kwan maa aprannaa no, \q1 \v 27 afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛe; \q2 na ogyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛe. \q1 \v 28 Na ɔka kyerɛɛ onipa se, \q2 ‘\nd Awurade\nd* suro, ɛno ne nyansa; \q2 na sɛ wokyi bɔne, yɛ ntease.’ ” \c 29 \p \v 1 Hiob toaa so se, \q1 \v 2 “Mʼani agyina asram a atwa mu no, \q2 nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no, \q1 \v 3 bere a ne kanea hyerɛn mʼatifi \q2 na mede ne kanea nantewee sum mu no! \q1 \v 4 Ao, nna a misii so no, \q2 bere a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fi, \q1 \v 5 bere a na Otumfo no da so ka me ho \q2 na me mma atwa me ho ahyia no, \q1 \v 6 bere a na nufusu mu srade afɔw mʼakwan \q2 na abotan hwiee ngo sɛ nsu maa me no. \b \q1 \v 7 “Bere a na mekɔ kuropɔn pon ano \q2 mekɔtena mʼagua so wɔ ɔmanfo aguabɔbea, \q1 \v 8 mmerante hu me a, wogyina nkyɛn \q2 na mpanyimfo sɔre gyina hɔ; \q1 \v 9 atitiriw gyae kasa \q2 na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano; \q1 \v 10 mmapɔmma tɛm dinn, \q2 na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dudom. \q1 \v 11 Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa, \q2 na wɔn a wohu me nyinaa kamfo me, \q1 \v 12 efisɛ meboaa ahiafo a wosu pɛɛ mmoa, \q2 ne ayisaa a wonni aboafo. \q1 \v 13 Onipa a na ɔrewu no hyiraa me; \q2 na memaa akunafo ani gyee wɔn koma mu. \q1 \v 14 Mede trenee furaa sɛ mʼadurade; \q2 atɛntrenee yɛɛ me nkataso ne mʼabotiri. \q1 \v 15 Meyɛɛ aniwa maa anifuraefo, \q2 ne anan maa mmubuafo. \q1 \v 16 Meyɛɛ ahiafo agya; \q2 na mekaa ahɔho asɛm maa wɔn. \q1 \v 17 Mibubuu amumɔyɛfo se \q2 na mihwim wɔn a wodi wɔn nya no fii wɔn anom. \b \q1 \v 18 “Medwenee sɛ, ‘Mewu wɔ mʼankasa me fi mu, \q2 na me nna dɔɔso sɛ nwea. \q1 \v 19 Me ntin beduu nsu ano, \q2 na obosu agugu me mman so anadwo mu nyinaa. \q1 \v 20 Mʼanuonyam rempa da, \q2 na agyan ayɛ foforo wɔ me nsam daa.’ \b \q1 \v 21 “Nnipa hwehwɛɛ sɛ wotie me, \q2 wɔyɛɛ dinn, twɛn mʼafotu. \q1 \v 22 Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio, \q2 efisɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yiye. \q1 \v 23 Wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu a ɛpete, \q2 na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ bere nsu. \q1 \v 24 Sɛ meserew mekyerɛ wɔn a, wɔntaa nnye nni; \q2 mʼanimtew som bo ma wɔn. \q1 \v 25 Mebɔɔ kwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn hene; \q2 metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼasraafo mu; \q2 meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekye agyaadwotwafo werɛ. \b \c 30 \q1 \v 1 “Nanso mprempren wɔserew me, \q2 nnipa a manyin sen wɔn, \q1 na wɔn agyanom mfata sɛ \q2 wɔne me nguan ho akraman tena. \q1 \v 2 Mfaso bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me, \q2 bere a wɔn ahoɔden afi wɔn mu? \q1 \v 3 Ohia ne ɔkɔm ama wɔn ho atetew, \q2 wɔnantew asase kesee \q2 ne asase bonin so anadwo. \q1 \v 4 Wɔboaboaa nkyenhaban ano wɔ nkyɛkyerɛ mu, \q2 na wɔde sare so nnua ntin yɛɛ wɔn aduan. \q1 \v 5 Wɔn mfɛfo pam wɔn fii wɔn mu, \q2 na wohuroo wɔn sɛ akorɔmfo. \q1 \v 6 Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa suka a emu awo, \q2 abotan ne fam ntokuru mu, \q1 \v 7 wosuu sɛ mfurum wɔ wuram \q2 na wɔfofɔree so wɔ ɔdɔtɔ ase. \q1 \v 8 Kuw a wɔmfra na wonni din, \q2 wɔpam wɔn fii asase no so. \b \q1 \v 9 “Na nnɛ yi wɔn mmabarima de dwom bɔ me akutia; \q2 mayɛ abusude wɔ wɔn mu. \q1 \v 10 Wokyi me na wontwiw mmɛn me; \q2 wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasu gu mʼanim. \q1 \v 11 Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi, \q2 wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ mʼanim. \q1 \v 12 Abusuakuw no tow hyɛ me so wɔ me nifa so; \q2 wosum mʼanan mfiri, \q2 na wosisi mpie tia me. \q1 \v 13 Wosisiw mʼakwan; \q2 na wonya me sɛe me \q2 na obiara mmoa me. \q1 \v 14 Wɔba te sɛ nea wofi ntokuru a ano abae mu; \q2 wɔnam mmubui no mu munumunum ba. \q1 \v 15 Ahunahuna ma me ho dwiriw me; \q2 mʼanuonyam atu kɔ sɛnea mframa abɔ agu, \q2 me bammɔ atu ayera sɛ omununkum. \b \q1 \v 16 “Na mprempren, me nkwa resa; \q2 na amanehununna akyekyere me. \q1 \v 17 Anadwo wowɔ me nnompe mu; \q2 ɔyaw a ɛwe me no nnyae. \q1 \v 18 Onyankopɔn fi ne tumi mu yɛ sɛ adurade ma me; \q2 omia me te sɛ mʼatade kɔn. \q1 \v 19 Ɔtow me kyene dontori mu \q2 na ɔma me yɛ sɛ mfutuma ne nsõ. \b \q1 \v 20 “Onyankopɔn, misu mefrɛ wo, nanso wummua me. \q2 Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ. \q1 \v 21 Woba me so anibere so; \q2 wode wʼabasa mu tumi tow hyɛ me so. \q1 \v 22 Wuhwim me na wode mframa pia me; \q2 wudenkyidenkyi me wɔ ahum mu. \q1 \v 23 Minim sɛ wode me bɛkɔ owu mu, \q2 faako a woahyɛ ama ateasefo nyinaa no. \b \q1 \v 24 “Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ \q2 bere a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu. \q1 \v 25 Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu ana? \q2 Me kra werɛ anhow amma ahiafo ana? \q1 \v 26 Nanso bere a mʼani da papa so no, bɔne bae; \q2 bere a mepɛɛ hann no sum na edurui. \q1 \v 27 Me yafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da; \q2 na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim. \q1 \v 28 Menenam a mabiri, nanso ɛnyɛ sɛ owia na ahyew me; \q2 migyina aguabɔbea na misu pɛ mmoa. \q1 \v 29 Madan nnompo nuabarima, \q2 me ne mpatu na ɛbɔ. \q1 \v 30 Me honam ani biri na ehuanhuan; \q2 atiridii ama me ho adɔ. \q1 \v 31 Me sanku bɔ kwadwom, \q2 na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyigyei. \b \c 31 \q1 \v 1 “Me ne mʼani yɛɛ apam sɛ \q2 meremfi akɔnnɔ mu, nhwɛ ababaa. \q1 \v 2 Dɛn ne onipa kyɛfa a efi ɔsoro Nyankopɔn nkyɛn? \q2 Dɛn ne nʼagyapade a efi ɔsoro Tumfo no nkyɛn? \q1 \v 3 Ɛnyɛ ɔsɛe mma amumɔyɛfo, \q2 atoyerɛnkyɛm mma wɔn a wɔyɛ bɔne ana? \q1 \v 4 Onhu mʼakwan \q2 na ɔnkan anammɔn biara a mitu ana? \b \q1 \v 5 “Sɛ manantew wɔ nkontompo mu \q2 anaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a, \q1 \v 6 ma Onyankopɔn nkari me wɔ nsania papa so \q2 na obehu sɛ me ho nni asɛm; \q1 \v 7 sɛ mʼanammɔntu afom ɔkwan, \q2 sɛ me koma adi mʼani akyi, \q2 anaasɛ me nsa ho agu fi a \q1 \v 8 ɛno de ma afoforo nni nea madua, \q2 na ma wontutu me nnɔbae ngu. \b \q1 \v 9 “Sɛ ɔbea bi atɔ me koma so, \q2 anaasɛ matɛw me yɔnko bi pon akyi a, \q1 \v 10 ɛno de, me yere nyam ɔbarima foforo aduan, \q2 na mmarima afoforo ne no nna. \q1 \v 11 Efisɛ anka ɛno na ɛbɛyɛ aniwusɛm \q2 ne bɔne a ɛsɛ sɛ wɔtwe aso wɔ so. \q1 \v 12 Ɛyɛ ogya a ɛhyew kodu Ɔsɛe mu; \q2 na ebetumi atutu me nnɔbae ase. \b \q1 \v 13 “Sɛ mabu mʼasomfo mmarima ne mmea ntɛnkyew, \q2 bere a wɔne me nyaa asɛm, \q1 \v 14 sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a dɛn na mɛyɛ? \q2 Sɛ wɔfrɛ me akontaabu a, mmuae bɛn na mɛma? \q1 \v 15 Ɛnyɛ nea ɔbɔɔ me wɔ ɔyafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn? \q2 Ɛnyɛ onipa koro no na ɔyɛɛ yɛn baanu wɔ yɛn nanom yafunu mu? \b \q1 \v 16 “Sɛ mamma ahiafo nea wɔn koma pɛ \q2 anaa mama akunafo ani ayɛ wɔn yaw, \q1 \v 17 sɛ mabɔ mʼaduan ho atirimɔden a \q2 mamma ayisaa bi, \q1 \v 18 nanso efi mmerantebere mu matetew no sɛnea agya bɛyɛ, \q2 na efi ɔyafunu mu, mahwɛ akunafo. \q1 \v 19 Sɛ mahu obi a onni adurade na ɔrebrɛ, \q2 anaa ohiani bi a onni atade, \q1 \v 20 na sɛ wɔamfi koma mu anhyira me \q2 sɛ mede me nguan ho nwi kaa wɔn hyew, \q1 \v 21 sɛ mama me nsa so atia ayisaa bi, \q2 esiane sɛ mewɔ tumi wɔ asennii nti a, \q1 \v 22 ɛno de, ma me basa mpan mfi me mmati, \q2 ma emmubu mfi nʼapɔw so. \q1 \v 23 Misuroo ɔsɛe a efi Onyankopɔn nkyɛn, \q2 na nʼanuonyam ho suro nti mantumi anyɛ saa nneyɛe no. \b \q1 \v 24 “Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ mu \q2 anaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ ankasa se, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’ \q1 \v 25 sɛ masɛpɛw me ho wɔ mʼahode bebrebe nti, \q2 ahode a me nsa aka yi, \q1 \v 26 sɛ mahwɛ owia ne ne hyerɛn \q2 anaa ɔsram a ɔnam anuonyam mu, \q1 \v 27 ama aka me koma a obiara nnim \q2 na me nsa yɛɛ wɔn atuu de nidi maa wɔn a, \q1 \v 28 ɛno de, na eyinom nso bɛyɛ bɔne a wobu ho atɛn, \q2 efisɛ na manni Onyankopɔn a ɔte ɔsoro no nokware. \b \q1 \v 29 “Sɛ mʼani gyee wɔ me tamfo amanehunu nti \q2 anaa mesrew no wɔ ɔhaw a aba ne so nti, \q1 \v 30 memmaa mʼano nyɛɛ bɔne \q2 sɛ mɛdome ne nkwa, \q1 \v 31 sɛ nnipa a wɔwɔ me fi mu nkaa da sɛ, \q2 ‘Hena na Hiob pon so nam mmee no da?’ \q1 \v 32 Ɔhɔho biara anna abɔnten so da, \q2 efisɛ me pon ano daa hɔ da biara maa akwantufo, \q1 \v 33 Makata me bɔne so sɛnea nnipa yɛ \q2 de mʼafɔdi ahyɛ me koma mu \q1 \v 34 esiane sɛ misuroo nnipadɔm \q2 ne ahohora a efi mmusua hɔ no nti \q2 na meyɛɛ komm a mamfi adi. \b \q1 \v 35 (“Ao, sɛ anka mewɔ obi a obetie me. \q2 Mede me din ahyɛ mʼanoyi ase, ma Otumfo no mmua me; \q2 ma nea ɔbɔ me kwaadu no nkyerɛw ne sobobɔ. \q1 \v 36 Ampa ara, mɛhyɛ wɔ me mmati, \q2 mɛhyɛ sɛ ahenkyɛw. \q1 \v 37 Mebu mʼanammɔntu biara ho akontaa akyerɛ no; \q2 mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.) \b \q1 \v 38 “Sɛ mʼasase teɛ mu tia me \q2 na nusu fɔw ne nkɔ nyinaa, \q1 \v 39 sɛ madi so aba a mintuaa ka \q2 anaasɛ mabu so apaafo no aba mu a, \q1 \v 40 ma nsɔe mfifi nsi awi anan mu \q2 na wura mfuw nsi atoko anan mu.” \p Hiob nsɛm no asi. \b \c 32 \s1 Elihu Adwenkyerɛ \p \v 1 Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, efisɛ na ɔteɛ wɔ ɔno ara ani so. \v 2 Na Busini Barakel babarima Elihu a ofi Ram abusua mu no bo fuw Hiob yiye sɛ obu ne ho bem na ommu Onyankopɔn mmom bem. \v 3 Ne bo fuw nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinaso bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wobuu no fɔ. \v 4 Elihu twɛn sɛ afoforo no bɛkasa akyerɛ Hiob, efisɛ na wɔanyinyin sen no. \v 5 Na ohuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuw no sɔree. \p \v 6 Enti Busini Barakel babarima Elihu kae se, \q1 “Meyɛ abofra, \q2 na moyɛ mpanyimfo; \q1 ɛno nti na misuroo sɛ \q2 mɛka nea minim akyerɛ mo. \q1 \v 7 Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kasa; \q2 ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afi kyerɛ nyansa.’ \q1 \v 8 Nanso honhom a ɛte onipa mu, \q2 Otumfo no home no na ɛma ntease. \q1 \v 9 Ɛnyɛ mpanyimfo nko na wɔyɛ anyansafo, \q2 ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afi nko na wɔte nea eye ase. \b \q1 \v 10 “Enti mise: Muntie me; \q2 me nso mɛka mʼadwene. \q1 \v 11 Metwɛn wɔ bere a na morekasa, \q2 mitiee mo adwenkyerɛ; \q1 bere a na munhu nea monka no, \q2 \v 12 meyɛɛ aso maa mo pa ara, \q2 nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomso; \q2 mo mu biara anyi ne nsɛm no ano. \q1 \v 13 Monnka se, ‘Yɛahu nyansa; \q2 momma Onyankopɔn mmɔ nʼasɛm no ngu, na ɛnyɛ onipa.’ \q1 \v 14 Nanso Hiob nkasa ntia me, \q2 na merennyina mo adwenkyerɛ so mmua no. \b \q1 \v 15 “Wɔn ho adwiriw wɔn, wonni hwee ka bio; \q2 wɔn nsɛm asa. \q1 \v 16 So ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ bere a wɔayɛ komm yi, \q2 saa bere yi a wogyinagyina ha yi a wonni mmuae biara no? \q1 \v 17 Me nso mɛka bi \q2 me nso mɛka mʼadwene. \q1 \v 18 Efisɛ nsɛm ahyɛ mʼanom ma, \q2 na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka; \q1 \v 19 Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu \q2 te sɛ nsa kotoku foforo a ɛrebɛpae. \q1 \v 20 Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me; \q2 ɛsɛ sɛ mibue mʼano na mema mmuae. \q1 \v 21 Merenyɛ nhwɛanim \q2 na merennɛfɛdɛfɛ obiara; \q1 \v 22 na sɛ makwadaw adɛfɛdɛfɛ mu a, \q2 anka me Yɛfo beyi me afi hɔ ntɛm so. \b \c 33 \q1 \v 1 “Na afei, Hiob, tie me nsɛm; \q2 yɛ aso ma biribiara a mɛka. \q1 \v 2 Merebebue mʼano; \q2 me nsɛm aba me tɛkrɛma so. \q1 \v 3 Me nsɛm fi koma a ɛteɛ mu; \q2 na mʼano de ahonim pa ka nea minim. \q1 \v 4 Onyankopɔn Honhom na abɔ me; \q2 Otumfo no home ma me nkwa. \q1 \v 5 Sɛ wubetumi a, ma me mmuae; \q2 siesie wo ho, na ka si mʼanim. \q1 \v 6 Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim; \q2 me nso wɔbɔɔ me fii dɔte mu. \q1 \v 7 Ɛnsɛ sɛ wusuro me, \q2 na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so. \b \q1 \v 8 “Nanso woaka ama mate, \q2 mete saa nsɛm no, na wokae se, \q1 \v 9 ‘Meyɛ kronkron na minni bɔne; \q2 me ho tew na afɔdi biara nni me ho. \q1 \v 10 Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomso \q2 wafa me sɛ ne tamfo. \q1 \v 11 Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu; \q2 na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’ \b \q1 \v 12 “Nanso meka mekyerɛ wo se, eyi mu de woayɛ mfomso, \q2 efisɛ Onyankopɔn so sen ɔdesani. \q1 \v 13 Na adɛn nti na wunwiinwii hyɛ no \q2 sɛ ommua onipa nsɛm biara ana? \q1 \v 14 Nanso Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahorow so, \q2 na ebia nnipa nte. \q1 \v 15 Ɔkasa wɔ daeso ne anadwo anisoadehu mu, \q2 bere a nna afa nnipa \q2 na wɔada hatee wɔ wɔn mpa so no, \q1 \v 16 otumi kasa gu wɔn asom \q2 na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu, \q1 \v 17 sɛ ɔbɛdan onipa afi nneyɛe bɔne ho \q2 na watwe no afi ahantan ho, \q1 \v 18 sɛ ɔmma ne kra nkɔ amoa mu \q2 na ɔnhwere ne nkwa wɔ afoa ano. \q1 \v 19 Anaasɛ wotumi de mpa so yaw twe onipa aso \q2 nnompe mu yaw a ennyae da, \q1 \v 20 kosi sɛ ne kɔn nnɔ aduan \q2 na ne kra nso po aduan a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara; \q1 \v 21 ɔfɔn yɛ basaa, \q2 na ne nnompe a anka ɛho akata no, ho da hɔ. \q1 \v 22 Ne kra bɛn ɔda, \q2 na ne nkwa bɛn owu abɔfo. \b \q1 \v 23 “Nanso sɛ ɔbɔfo bi wɔ nʼafa \q2 sɛ odimafo a, ɛyɛ apem mu baako, \q2 na ɔbɛkyerɛ no nea eye ma no, \q1 \v 24 obehu no mmɔbɔ na waka se, \q2 ‘Munnyaa no na wankɔ ɔda mu; \q2 na manya mpatade ama no,’ \q1 \v 25 afei ne were yɛ foforo sɛ abofra; \q2 na esi ne dedaw mu yɛ sɛ mmerantebere mu de. \q1 \v 26 Ɔbɔ Onyankopɔn mpae na onya adom fi ne hɔ, \q2 ohu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛw teɛ mu; \q2 na Onyankopɔn gye no bio sɛ ɔtreneeni. \q1 \v 27 Afei ɔba nnipa mu bɛka se, \q2 ‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa nea ɛteɛ, \q2 nanso mannya nea ɛfata me. \q1 \v 28 Ogyee me kra na wamma no ankɔ ɔda mu, \q2 enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’ \b \q1 \v 29 “Onyankopɔn yɛ eyinom nyinaa ma onipa, \q2 mprenu ne ne mprɛnsa so, \q1 \v 30 sɛnea ne kra renkɔ ɔda mu, \q2 na nkwa hann no ahyerɛn ne so. \b \q1 \v 31 “Yɛ aso, Hiob, na tie me; \q2 yɛ dinn na menkasa. \q1 \v 32 Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me; \q2 kasa, na mepɛ sɛ wobu wo bem. \q1 \v 33 Sɛ ɛnte saa nso a, ɛno de tie me. \q1 Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.” \c 34 \p \v 1 Afei Elihu kae se, \q1 \v 2 “Mo anyansafo, muntie me nsɛm; \q2 mo nimdefo monyɛ aso mma me. \q1 \v 3 Efisɛ aso sɔ nsɛm hwɛ \q2 sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no. \q1 \v 4 Momma yɛnsese, nhu nea eye ma yɛn. \q2 Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua nea eye. \b \q1 \v 5 “Hiob ka se, ‘Me ho nni asɛm, \q2 nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyew. \q1 \v 6 Ɛwɔ mu sɛ mʼasɛm da kwan mu, \q2 nanso wobu me ɔtorofo; \q1 ɛwɔ mu sɛ menyɛɛ bɔne biara, \q2 nanso ne bɛmma no ama me apirakuru a enwu da.’ \q1 \v 7 Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob a \q2 ɔnom animtiaabu sɛ nsu? \q1 \v 8 Ɔne amumɔyɛfo nantew; \q2 na ɔne atirimɔdenfo nso bɔ. \q1 \v 9 Efisɛ ɔka se, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a \q2 onnya so mfaso biara.’ \b \q1 \v 10 “Enti mo mmarima a mowɔ ntease muntie me. \q2 Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, \q2 sɛ Otumfo no bɛyɛ mfomso. \q1 \v 11 Nnipa nneyɛe so na ɔhwɛ tua wɔn ka; \q2 nea ɛfata ne nneyɛe na ɔma ɛba ne so. \q1 \v 12 Ɛmfata sɛ wɔde mfomso susuw Onyankopɔn, \q2 na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyew susuw Otumfo. \q1 \v 13 Hena na ɔde no sii asase so? \q2 Hena na ɔde wiase nyinaa hyɛɛ ne nsa? \q1 \v 14 Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ \q2 na oyii ne Honhom ne nʼahome a, \q1 \v 15 anka adesamma nyinaa bɛbɔ mu ayera, \q2 na onipa bɛsan akɔ mfutuma mu. \b \q1 \v 16 “Sɛ mowɔ nhumu a, muntie eyi; \q2 muntie nea meka. \q1 \v 17 So obi a okyi atɛntrenee betumi adi nnipa so? \q2 Mubetumi abu Ɔtreneeni kɛse no fɔ ana? \q1 \v 18 Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo se, ‘Mo so nni mfaso,’ \q2 na ɔka kyerɛɛ atitiriw se, ‘Moyɛ atirimɔdenfo,’ \q1 \v 19 nea ɔnhwɛ mmapɔmma anim \q2 na onyiyi adefo ne ahiafo mu, \q2 efisɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma. \q1 \v 20 Wowuwu mmere tiaa bi mu, wɔ anadwo dasu mu; \q2 nnipa no ho wosow na wɔsen kɔ; \q1 ahoɔdenfo totɔ a emfi nipa. \b \q1 \v 21 “Nʼani hwɛ nnipa akwan; \q2 na ohu wɔn anammɔntu biara. \q1 \v 22 Baabiara nni hɔ a aduru sum, sum kabii, \q2 a amumɔyɛfo betumi ahintaw. \q1 \v 23 Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio, \q2 a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim begye atemmu. \q1 \v 24 Ɔbobɔ abirɛmpɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara, \q2 na ɔde afoforo sisi wɔn anan mu. \q1 \v 25 Efisɛ ohu wɔn nneyɛe, \q2 otu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛw wɔn. \q1 \v 26 Otua wɔn amumɔyɛsɛm so ka \q2 wɔ faako a obiara betumi ahu wɔn, \q1 \v 27 efisɛ wɔman fii nʼakyi kɔe \q2 na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ. \q1 \v 28 Wɔmaa ahiafo sufrɛ duu nʼanim \q2 na ɛma ɔtee mmɔborɔni su. \q1 \v 29 Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hena na obetumi abu no fɔ? \q2 Sɛ ɔde nʼanim hintaw nso a, hena na obehu no? \q1 Nanso odi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ, \q2 \v 30 ɔmma onipa a onnim Nyame nni hene, \q2 sɛnea ɔrensum nnipa no mfiri. \b \q1 \v 31 “Sɛ ɛba sɛ onipa ka kyerɛ Onyankopɔn se, \q2 ‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio. \q1 \v 32 Kyerɛ me na minhu; \q2 na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’ \q1 \v 33 So ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina nea woka so tua wo ka, \q2 wɔ bere a woayɛ sɛ worennu wo ho ana? \q1 Ɛsɛ sɛ wusi gyinae, ɛnyɛ me; \q2 enti ka nea wunim kyerɛ me. \b \q1 \v 34 “Nnipa a wɔwɔ ntease pae mu ka, \q2 nimdefo a wotie me ka kyerɛ me se, \q1 \v 35 ‘Hiob nkasa nimdeɛ kwan so; \q2 aba biara nni ne kasa mu.’ \q1 \v 36 Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛ kɔɔ akyiri a anka eye, \q2 efisɛ oyiyii nsɛm ano sɛ omumɔyɛfo! \q1 \v 37 Ɔde atuatew ka ne bɔne ho; \q2 ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so \q2 na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.” \c 35 \p \v 1 Afei, Elihu kae se: \q1 \v 2 “Wugye di sɛ, eyi fata? \q2 Woka se, ‘Onyankopɔn betwitwa agye me.’ \q1 \v 3 Nanso wubisa no se, ‘Mfaso bɛn na menya, \q2 na sɛ manyɛ bɔne a, mfaso bɛn na menya?’ \b \q1 \v 4 “Mepɛ sɛ mibua wo \q2 ne wo nnamfonom nyinaa. \q1 \v 5 Ma wʼani so kyerɛ soro na hwɛ; \q2 hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi sorosoro nohɔ. \v 6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn so na ɛfa haw no? \q2 Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuanso bɛn na enya wɔ ne so? \q1 \v 7 Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no \q2 anaasɛ dɛn na onya fi wo nsam? \q1 \v 8 Wʼamumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wo \q2 na wo trenee ka nnipa mma nko ara. \b \q1 \v 9 “Nnipa su bere a wɔhyɛ wɔn so; \q2 na wɔsrɛ mmoa fi nea ɔwɔ tumi nsam. \q1 \v 10 Nanso obi mmisa se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ, \q2 nea ɔma nnwom anadwo no, \q1 \v 11 nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sen asase so mmoa \q2 na ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa no?’ \q1 \v 12 Sɛ nnipa su teɛ mu a, ommua, \q2 amumɔyɛfo ahantan nti. \q1 \v 13 Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no; \q2 na Otumfo remmu. \q1 \v 14 Ɛno de adɛn na ɔrentie \q2 bere a woka se wunhu no, \q1 na woka se wʼasɛm wɔ nʼanim \q2 enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no, \q1 \v 15 na bio, nʼabufuw mmfa asotwe mma \q2 na nʼani nni amumɔyɛsɛm akyi pii? \q1 \v 16 Enti Hiob bue nʼano ka nsɛnhunu; \q2 nimdeɛ a onni nti, ɔkeka nsɛm bebree.” \c 36 \p \v 1 Elihu toaa ne kasa so se, \q1 \v 2 “Montɔ mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ \q2 aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn. \q1 \v 3 Minya me nimdeɛ fi akyirikyiri; \q2 mɛka se me Yɛfo bu atɛntrenee. \q1 \v 4 Munnye nto mu sɛ me nsɛm yɛ nokware turodoo; \q2 na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu. \b \q1 \v 5 “Onyankopɔn so, nanso, ontwiri nnipa; \q2 ɔkorɔn na osi pi wɔ ne botae mu. \q1 \v 6 Ɔmma amumɔyɛfo ntena nkwa mu, \q2 na ɔde amanehunufo kyɛfa ma wɔn. \q1 \v 7 Onnyi nʼani mfi ɔtreneeni so, \q2 ɔma wɔne ahemfo di ade \q2 na ɔma wɔn so afebɔɔ. \q1 \v 8 Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa \q2 na amanehunu hama akyekyere wɔn papee a, \q1 \v 9 ɔka nea wɔayɛ kyerɛ wɔn \q2 sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne. \q1 \v 10 Ɔma wotie nteɛso \q2 na ɔhyɛ wɔn sɛ wonnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho. \q1 \v 11 Sɛ wɔyɛ osetie na wɔsom no a, \q2 wobedi yiye wɔ wɔn nna a aka no mu \q2 na wɔn mfe nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn. \q1 \v 12 Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ afoa ano, \q2 na wɔawuwu a wonni nimdeɛ. \b \q1 \v 13 “Wɔn a wonnim Nyame no kora abufuw so; \q2 mpo sɛ ogu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a wonsu mpɛ mmoa. \q1 \v 14 Wowuwu wɔ wɔn mmabunmmere mu, \q2 wɔ mmarima nguamanfo a wɔtete abosonnan mu. \q1 \v 15 Nanso wɔn a wohu amane no, ogye wɔn; \q2 na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu. \b \q1 \v 16 “Ɔregye wo afi ahohia mu \q2 de wo akɔ beae a hɔ bae a ahokyere nni, \q2 nea wowɔ asomdwoe, na nnuan pa ayɛ wo pon so ma. \q1 \v 17 Nanso mprempren, atemmu a ɛfata amumɔyɛfo na aba wo so; \q2 atemmu ne atɛntrenee aso wo mu. \q1 \v 18 Hwɛ yiye na obi amfa ahonya annaadaa wo; \q2 mma adanmude kɛse bi ntwe wo. \q1 \v 19 Wʼahonya anaasɛ mpo \q2 wʼahohia bebrebe nyinaa nti, \q2 worenkɔ amanehunu mu ana? \q1 \v 20 Mpere anadwo ho, \q2 sɛ ammɛpra nnipa mfi wɔn afi mu. \q1 \v 21 Hwɛ na woannan ankɔ bɔne ho, \q2 nea ayɛ sɛ wopɛ sen amanehunu. \b \q1 \v 22 “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse wɔ ne tumi mu. \q2 Hena na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno? \q1 \v 23 Hena na wahyehyɛ nʼakwan ama no \q2 anaa waka akyerɛ no se, ‘Woayɛ mfomso.’ \q1 \v 24 Kae na kamfo nʼadwuma a \q2 nnipa de nnwonto akamfo no. \q1 \v 25 Adesamma nyinaa ahu; \q2 nnipa fi akyirikyiri hwɛ no haa. \q1 \v 26 Onyankopɔn yɛ ɔkɛse, ɛboro yɛn ntease so! \q2 Ne mfe dodow mu nni hwehwɛbea. \b \q1 \v 27 “Ɔtwetwe nsu a ɛsosɔ, \q2 ma ɛdan osu gu nsuten mu; \q1 \v 28 na omununkum tɔ obosu gu fam \q2 na osu pete mmoroso gu adesamma so. \q1 \v 29 Hena na obetumi ate sɛnea ɔtrɛtrɛw omununkum mu no ase, \q2 sɛnea ɔbobɔ mu fi ne suhyɛ ase no? \q1 \v 30 Hwɛ sɛnea ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho \q2 ma ɛkɔ po bun mu. \q1 \v 31 Eyi ne ɔkwan a ɔfa so di amanaman no so \q2 na ɔma aduan bu wɔn so. \q1 \v 32 Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma \q2 na ɔhyɛ no sɛ ɛmpa nʼagyiraehyɛ. \q1 \v 33 Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkae; \q2 na anantwi mpo ma wohu sɛ ɛreba. \b \c 37 \q1 \v 1 “Eyi ma me koma bɔ kitirikitiri \q2 na ehuruw fi nʼatenae. \q1 \v 2 Tie! Tie ne nne mmubomu, \q2 ne huuyɛ a efi nʼanom reba no. \q1 \v 3 Ogyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa \q2 na ɔma ekodu asase ano. \q1 \v 4 Ɛno akyi na ne mmubomu no ba; \q2 ɔde nne kɛse bobɔ mu. \q1 Sɛ ɔkasa a, \q2 biribiara nsianka no. \q1 \v 5 Onyankopɔn nne bobɔ mu ma no yɛ nwonwa; \q2 ɔyɛ nneɛma akɛse a ɛboro yɛn adwene so. \q1 \v 6 Ɔka kyerɛ sukyerɛmma se, ‘Tɔ gu asase so,’ \q2 ne osu nso se, ‘Yɛ osutɔ kɛse.’ \q1 \v 7 Sɛnea nnipa a wabɔ wɔn nyinaa behu nʼadwuma nti, \q2 ɔma nnipa nyinaa gyae wɔn adwumayɛ. \q1 \v 8 Wuram mmoa kɔtetɛw; \q2 wɔkɔhyehyɛ wɔn abon mu. \q1 \v 9 Ahum tu fi ne pia mu, \q2 na awɔw nso fi mframa a ɛrebɔ mu. \q1 \v 10 Onyankopɔn home de sukyerɛmma ba, \q2 na nsu tamaa no kyen. \q1 \v 11 Ɔde fuonwini hyɛ omununkum ma; \q2 na otwa nʼanyinam fa mu. \q1 \v 12 Ɔhyɛ ma wokyinkyin \q2 fa asase so nyinaa hyia \q2 yɛ nea ɔhyɛ sɛ wɔnyɛ biara. \q1 \v 13 Ɔde omununkum ba bɛtwe nnipa aso, \q2 anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔe. \b \q1 \v 14 “Tie eyi, Hiob; \q2 gyae na dwene Onyankopɔn anwonwade ho. \q1 \v 15 Wunim sɛnea Onyankopɔn si fa di omununkum so, \q2 na ɔma nʼanyinam twa? \q1 \v 16 Wunim sɛnea omununkum si fa sensɛn wim, \q2 nea ɔwɔ nimdeɛ a so nni no anwonwade no? \q1 \v 17 Mo a mufi fifiri wɔ mo ntade mu \q2 bere a anafo mframa ma asase no yɛ dinn no, \q1 \v 18 wubetumi aboa no ama watrɛw wim, \q2 a ɛyɛ den sɛ kɔbere mfrafrae ahwehwɛ? \b \q1 \v 19 “Kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no; \q2 yɛrentumi nka yɛn asɛm, efisɛ yennim. \q1 \v 20 Ɛsɛ sɛ wɔka nea mepɛ sɛ meka kyerɛ no ana? \q2 Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no ana? \q1 \v 21 Obiara rentumi nhwɛ owia, \q2 sɛnea ɛhyerɛn wɔ wim \q2 bere a mframa abɔ ama wim atew. \q1 \v 22 Ofi atifi fam ba wɔ anuonyam sononko mu; \q2 Onyankopɔn ba wɔ ahenni nwonwaso mu. \q1 \v 23 Otumfo no korɔn wɔ yɛn so na wɔpagyaw no wɔ tumi mu; \q2 nʼatɛntrenee ne treneeyɛ kɛse akyi no mpo, ɔnyɛ nhyɛso. \q1 \v 24 Ɛno nti nnipa de nidi ma no, \q2 efisɛ onnwen koma mu anyansafo nyinaa ho ana?” \c 38 \s1 \nd Awurade\nd* Bisa Hiob Nsɛm \p \v 1 Afei, \nd Awurade\nd* fi ahum mu buaa Hiob se, \q1 \v 2 “Hena ne nea ɔde nsɛm a nimdeɛ nni mu \q2 kata me nhyehyɛe so? \q1 \v 3 Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; \q2 mebisa wo nsɛm, \q2 na wubebua me. \b \q1 \v 4 “Bere a metoo asase fapem no, na wowɔ he? \q2 Sɛ wote ase, ka ɛ. \q1 \v 5 Hena na osusuw ne tenten ne ne trɛw? Ampa ara wunim! \q2 Hena na ɔtwee susuhama faa ani? \q1 \v 6 Dɛn so na egyina, \q2 anaa hena na ɔtoo ne tweatibo no, \q1 \v 7 bere a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom, \q2 na abɔfo nyinaa de anigye teɛɛ mu no? \b \q1 \v 8 “Hena na ɔkaa po hyɛɛ apon akyi, \q2 bere a epue fii ɔyafunu mu, \q1 \v 9 bere a mede omununkum yɛɛ nʼadurade \q2 na mede sum kabii kyekyeree no, \q1 \v 10 bere a metoo ɔhye maa no \q2 na misisii nʼapon ne nʼadaban, \q1 \v 11 bere a mekae se, ‘Ɛha ara na wubedu na worentra ha; \q2 ɛha na wʼahantan asorɔkye no bɛso no?’ \b \q1 \v 12 “So woahyɛ mmara ama adekyee da? \q2 Na woakyerɛ ahemadakye nso afa, \q1 \v 13 sɛ ɛnkɔka asase ano \q2 na ontu amumɔyɛfo mfi so? \q1 \v 14 Asase fa ne bɔbea sɛ dɔte a ɛhyɛ nsɔwano ase; \q2 na ɛsow tebea da wɔn ho adi te sɛ atade. \q1 \v 15 Wɔde amumɔyɛfo hann akame wɔn, \q2 na wɔn abasa a wɔama so no mu abu. \b \q1 \v 16 “So woapɛɛpɛɛ mu ahu nea po aniwa wɔ \q2 anaa woanantew ne bun mu pɛn? \q1 \v 17 So wɔde owu apon akyerɛ wo? \q2 Woahu owu sunsuma apon ana? \q1 \v 18 Woate wiase a ɛda hɔ tamaa no ase ana? \q2 Sɛ wunim eyinom nyinaa a, ka kyerɛ me. \b \q1 \v 19 “Ɔkwan bɛn na ɛkɔ hann atenae? \q2 Na ɛhe na sum te? \q1 \v 20 Wubetumi de wɔn akɔ wɔn sibea? \q2 Wunim akwan a ɛkɔ wɔn atenae? \q1 \v 21 Ampa ara wunim, efisɛ na wɔawo wo dedaw. \q2 Woanyin yiye! \b \q1 \v 22 “Woakɔ sukyerɛmma adekoradan mu da \q2 anaa woahu mparuwbo adekoradan \q1 \v 23 a makora so ama ahohia bere, \q2 ɔsa ne akodi nna? \q1 \v 24 Ɔkwan bɛn na ɛkɔ faako a anyinam fi ba, \q2 anaa faako a apuei mframa fi na ɛbɔ fa asase so? \q1 \v 25 Hena na otwaa ɛka maa osuhweam, \q2 ne ɔkwan maa aprannaa mmubomu, \q1 \v 26 sɛ ɛbɛtɔ agu asase a obiara nte so so, \q2 nweatam a obiara nni so, \q1 \v 27 na ama asase kesee a ɛda mpan afɔw \q2 na sare afifi wɔ so? \q1 \v 28 Osu wɔ agya ana? \q2 Hena na ɔyɛ agya ma obosu a ɛsosɔ? \q1 \v 29 Hena yafunu mu na sukyerɛmma fi? \q2 Hena na ɔwoo sukyerɛmma mporoporowa fi soro \q1 \v 30 bere a nsu kyen dan sɛ ɔbo, \q2 na bun ani kyen? \b \q1 \v 31 “Wubetumi de hama akyekyere Akokɔbeatan ne ne mma? \q2 Wubetumi asan Nyankrɛnte hama ana? \q1 \v 32 Wubetumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne bere mu \q2 anaasɛ wubetumi ayi sisi ne ne mma afi hɔ? \q1 \v 33 So wunim mmara a ɛfa ɔsoro ho? \q2 Wubetumi de Onyankopɔn ahenni aba asase so ana? \b \q1 \v 34 “Wubetumi ama wo nne adu omununkum so \q2 na wode nsu akata wo ho ana? \q1 \v 35 Wutumi ma anyinam twa? \q2 Wɔka kyerɛ wo se, ‘Yenni’ ana? \q1 \v 36 Hena na ɔde nyansa ma koma \q2 anaasɛ ɔde ntease hyɛ adwene mu? \q1 \v 37 Hena na ɔwɔ nyansa a wɔde kan omununkum? \q2 Hena na obetumi akyea ɔsoro nsu nkotoku, \q1 \v 38 bere a mfutuma ayɛ den \q2 ama dɔte atɔwatɔw keka bɔ mu. \b \q1 \v 39 “Wokɔ ahayɛ ma gyatabere \q2 ma gyata didi mee \q1 \v 40 bere a wobutubutuw wɔn abon ano \q2 anaasɛ wɔtetɛw adɔtɔ ase? \q1 \v 41 Hena na ɔma kwaakwaadabi aduan \q2 bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn \q2 na wonni aduan nti wokyinkyin? \b \c 39 \q1 \v 1 “So wunim bere a bepɔw so mmirekyi wowo? \q2 Woahwɛ, ahu bere a ɔforote nyinsɛn ne ba? \q1 \v 2 So woakan asram dodow a wɔde nyinsɛn? \q2 Wunim bere a wɔwo ana? \q1 \v 3 Wɔkotow wowo wɔn mma; \q2 wɔn awoko yaw to twa. \q1 \v 4 Wɔn mma nyin ahoɔden so wɔ wuram; \q2 na wogyaw wɔn awofo hɔ a wɔnnsan nkɔ wɔn nkyɛn bio. \b \q1 \v 5 “Hena na ɔma wuram afurum fa ne ho di? \q2 Hena na ɔsan ne hama? \q1 \v 6 Mede asase kesee maa no sɛ ne fi, \q2 ne nkyene asase tamaa sɛ nʼatenae. \q1 \v 7 Ɔserew kurom gyegyeegyeyɛ; \q2 na ɔnte ɔkafo nteɛteɛmu. \q1 \v 8 Okyinkyin mmepɔw no so sɛ ne didibea \q2 ɛhɔ na okyin hwehwɛ wura amono biara. \b \q1 \v 9 “Ɛko bɛpene sɛ ɔbɛsom wo ana? \q2 Ɔbɛtena wo mmoa adididaka nkyɛn anadwo ana? \q1 \v 10 Wubetumi asa no wɔ funtumfiri so ana? \q2 Ɔbɛfɛntɛm aku a ɛda wʼakyi no ana? \q1 \v 11 Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti? \q2 Wubegyaw wʼadwuma a ɛyɛ den no ama no ana? \q1 \v 12 Wugye di sɛ ɔde wʼaburow bɛba \q2 na waboa ano de akɔ awiporowbea ana? \b \q1 \v 13 “Sohori bɔ ne ntaban mu anigye so, \q2 nanso wontumi mfa ntoto asukɔnkɔn de ho. \q1 \v 14 Ɔtow ne nkesua gu asase so \q2 ma mfutuma ka no hyew, \q1 \v 15 ɛmfa ne ho sɛ ɛnan bi bɛpɛtɛw no, \q2 sɛ wuram aboa bi betiatia so. \q1 \v 16 Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne dea; \q2 ɛmfa ne ho sɛ nʼadwuma bɛyɛ ɔkwa, \q1 \v 17 efisɛ Onyankopɔn amma no nyansa \q2 wamma no nhumu biara. \q1 \v 18 Nanso sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu tu mmirika a, \q2 ɔserew ɔpɔnkɔ ne ne sotefo. \b \q1 \v 19 “Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden \q2 anaa woma ne kɔn mu nwi kuhaa no? \q1 \v 20 Wo na woma no huruw te sɛ mmoadabi, \q2 na ɔde ne nkotɔ hunahuna ana? \q1 \v 21 Ɔde ne nan tintim fam dennen, na nʼani gye nʼahoɔden mu, \q2 na afei ɔbɔ wura ɔko mu. \q1 \v 22 Ɔmmɔ hu, na onsuro biribiara; \q2 ohu afoa a onguan. \q1 \v 23 Bɛmma wosow wɔ ne nkyɛn mu boha mu, \q2 na peaw ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho. \q1 \v 24 Ofi ahopere mu de nʼano sisi fam; \q2 na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a ontumi nnyina faako. \q1 \v 25 Sɛ torobɛnto hyɛn a ɔka se, ‘Wiɛ!’ \q2 ɔte ɔko ho hua fi akyirikyiri, \q2 ɔsahene no nteɛmu ne ɔko mu osebɔ. \b \q1 \v 26 “Wo nyansa na ɛma akoroma tu \q2 na ɔtrɛw ne ntaban mu fa anafo? \q1 \v 27 Wo na wohyɛ ɔkɔre ma no tu kɔ sorosoro \q2 kɔyɛ ne berebuw wɔ hɔ? \q1 \v 28 Ɔbotan mu na ɔte na ɛhɔ na ɔda; \q2 ɔbotan sorɔnsorɔn yɛ nʼabandennen. \q1 \v 29 Ɛhɔ na ofi kɔhwehwɛ nʼaduan; \q2 nʼani hu ade a ɛwɔ akyirikyiri. \q1 \v 30 Mogya yɛ ne mma aduan, \q2 na faako a atɔfo wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.” \c 40 \p \v 1 Afei \nd Awurade\nd* buaa Hiob se, \q1 \v 2 “Nea ɔne Otumfo no wɔ asɛm no bɛteɛ ne so ana? \q2 Ma nea ɔbɔ Onyankopɔn kwaadu no mmua no ɛ!” \p \v 3 Na Hiob buaa \nd Awurade\nd* se, \q1 \v 4 “Mensɛ na memfata, ɛbɛyɛ dɛn na matumi anya mmuae? \q2 Mede me nsa mua mʼano. \q1 \v 5 Makasa baako, nanso minni mmuae \q2 mprenu so, na merenkasa bio.” \p \v 6 Afei, \nd Awurade\nd* fi ahum mu buaa Hiob se, \q1 \v 7 “Hyɛ wo ho den sɛ ɔbarima; \q2 mebisa wo nsɛm, \q2 na ɛsɛ sɛ wubua me. \b \q1 \v 8 “Wobɛka mʼatemmu ho asɛm bɔne ana? \q2 Wubebu me fɔ de abu wo ho bem ana? \q1 \v 9 Wowɔ abasa te sɛ Onyankopɔn de, \q2 na wo nne betumi abobɔ mu sɛ ne de ana? \q1 \v 10 Ɛno de fa anuonyam ne ɔhyerɛn hyehyɛ wo ho, \q2 na fura nidi ne kɛseyɛ. \q1 \v 11 Hwie wʼabufuwhyew mmoroso no gu, \q2 hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase, \q1 \v 12 hwɛ ɔhantanni biara na si no fam \q2 na tiatia amumɔyɛfo so wɔ faako a wogyina hɔ. \q1 \v 13 Sie wɔn nyinaa bɔ mu wɔ mfutuma mu; \q2 kata wɔn anim wɔ ɔda mu. \q1 \v 14 Na afei mʼankasa megye ato mu sɛ \q2 wo ara wo basa nifa betumi agye wo nkwa. \b \q1 \v 15 “Hwɛ susono, \q2 nea meyɛɛ no kaa wo ho \q2 na ɔwe sare te sɛ nantwi. \q1 \v 16 Hwɛ ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼasen mu \q2 ne ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu so were mu! \q1 \v 17 Ne dua hinhim sɛ sida; \q2 ne srɛ mu ntin yɛ peperee. \q1 \v 18 Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafrae dorobɛn, \q2 nʼabasa ne ne nʼanan te sɛ nnade praban. \q1 \v 19 Odi Onyankopɔn nsa ano adwuma mu kan, \q2 nanso ne Yɛfo betumi de nʼafoa akɔ ne so. \q1 \v 20 Nkoko fifi wɔn nnɔbae ma no, \q2 na wuram mmoa nyinaa goru bɛn hɔ. \q1 \v 21 Nsɔensɔe nnua ase na ɔda, \q2 na dontori mu demmire akata no so. \q1 \v 22 Nsɔensɔe nwini no kata ne so; \q2 na nsunoa nnua twa ne ho hyia. \q1 \v 23 Nsu nworoso nhaw no; \q2 mpo sɛ Yordan bobɔ ba nʼano a, onni ɔhaw. \q1 \v 24 Obi betumi akyere no animono; \q2 anaa obi betumi de afiri ayi no na wabɔre ne hwene mu ana? \b \c 41 \q1 \v 1 “So wubetumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn \q2 anaa wubetumi de hama akyekyere ne tɛkrɛma? \q1 \v 2 So wubetumi de hama afa ne hwenem, \q2 anaasɛ wubetumi de darewa aso nʼabogye mu? \q1 \v 3 Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hu no mmɔbɔ ana? \q2 Ɔne wo bɛkasa brɛoo ana? \q1 \v 4 Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam \q2 ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ ana? \q1 \v 5 Wubetumi de no ayɛ abɛbɛ te sɛ anomaa \q2 anaa wubetumi asa no hama de no ama wo mmabea? \q1 \v 6 So aguadifo bɛpɛ sɛ wode no bedi nsesagua? \q2 Wɔbɛkyekyɛ ne mu ama aguadifo ana? \q1 \v 7 Wubetumi de mpeaw awowɔ ne were mu \q2 anaasɛ wode mpataa mpɛmɛ bɛwowɔ ne ti ho? \q1 \v 8 Wode wo nsa ka no a, \q2 wobɛkae sɛnea ɔbɛwosow ne ho, nti worenyɛ saa bio! \q1 \v 9 Ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akyere no; \q2 ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwudwo. \q1 \v 10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyan no. \q2 Afei hena na obetumi ne me adi asi? \q1 \v 11 Hena na mede no ka a ɛsɛ sɛ mitua? \q2 Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase no yɛ me de. \b \q1 \v 12 “Me werɛ remfi sɛ mɛka nʼakwaa, \q2 nʼahoɔden ne ne bɔbea fɛfɛ no ho asɛm. \q1 \v 13 Hena na obetumi aworɔw ne ho ahama, \q2 na hena na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho? \q1 \v 14 Hena na obetumi abue nʼabogye, \q2 a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no? \q1 \v 15 Nʼakyi wɔ bona a ɛsesa so, \q2 ɛtetare so a ɔkwan nna mu koraa; \q1 \v 16 sɛnea ɛtetare so fa no nti, \q2 mframa biara mfa ntam. \q1 \v 17 Ɛtoatoa mu denneennen a \q2 emu ntumi ntetew. \q1 \v 18 Sɛ ɔnwansi a, ɛpepa gya; \q2 nʼaniwa aba te sɛ adekyeenim hann. \q1 \v 19 Agyatɛn turuw fi nʼanom \q2 na nsramma turuturuw fi mu. \q1 \v 20 Wusiw sen fi ne hwene mu \q2 te sɛ ɔsɛn a esi gya so. \q1 \v 21 Ne home ma gyabiriw ano sɔ, \q2 na ogyaframa tu fi nʼanom. \q1 \v 22 Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa; \q2 wɔn a wohu no no aba mu bu. \q1 \v 23 Ne were a abubu agu so no yɛ peperee; \q2 ayɛ pemee a ɛnka ne ho. \q1 \v 24 Ne koko so yɛ den sɛ ɔbotan \q2 ɛyɛ den sɛ awiyammo. \q1 \v 25 Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfo bɔ huboa; \q2 sɛ ɔwosow ne ho a woguan. \q1 \v 26 Afoa wɔ no a, ɛnka no, \q2 peaw, pɛmɛ ne agyan nso saa ara. \q1 \v 27 Ɔfa dade sɛ wura bi \q2 na kɔbere mfrafrae te sɛ dua a awu bi ma no. \q1 \v 28 Agyan mma no nguan; \q2 ahwimmo mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no. \q1 \v 29 Kontibaa te sɛ sare wɔ nʼani so; \q2 na ɔserew pɛmɛ nnyigyei. \q1 \v 30 Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so. \q2 Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa dontori mu a, eyiyi akam. \q1 \v 31 Ɔma bun mu huru sɛ nsu a ɛwɔ ɛsɛn mu \q2 na onunu po mu sɛ srade a ɛwɔ kuku mu. \q1 \v 32 Nea ɔbɛfa no, ɛhɔ nsu no pa yerɛw yerɛw; \q2 na obi besusuw sɛ po bun adan ayɛ dwen. \q1 \v 33 Asase so biribiara ne no nsɛ. \q2 Ɔyɛ abɔde a onsuro hwee. \q1 \v 34 Ommu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara; \q2 ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomaso no nyinaa so hene.” \c 42 \s1 Hiob Bua \nd Awurade\nd* \p \v 1 Na Hiob buaa \nd Awurade\nd* se, \q1 \v 2 “Minim sɛ wutumi yɛ nneɛma nyinaa; \q2 obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛe. \q1 \v 3 Wubisa se, ‘Hena ni a onni nimdeɛ nso osiw mʼafotu ho kwan?’ \q2 Ampa ara mekaa nneɛma a mente ase no ho nsɛm, \q2 nneɛma a ɛyɛ nwonwa ma me. \b \q1 \v 4 “Wokae se, ‘Tie na menkasa; \q2 mebisa wo nsɛm \q2 na ɛsɛ sɛ woma me mmuae.’ \q1 \v 5 Mate wo nka pɛn, \q2 na mprempren de, mʼani ahu wo. \q1 \v 6 Ɛno nti mibu me ho animtiaa \q2 na mete mfutuma ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.” \s1 Awiei \p \v 7 Na \nd Awurade\nd* kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Temanni Elifas se, “Me bo afuw wo ne wo nnamfonom baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob kae no. \v 8 Afei, momfa anantwi ason ne adwennini ason, na monkɔ me somfo Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho. Me somfo Hiob bɛbɔ mpae ama mo, na metie ne mpaebɔ no na merenyɛ mo sɛnea ɛfata mo nkwaseasɛm no, nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokware sɛnea me somfo Hiob yɛe no.” \v 9 Enti Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ wɔn no; na \nd Awurade\nd* tiee Hiob mpaebɔ. \p \v 10 Hiob bɔɔ mpae maa ne nnamfonom akyi no, \nd Awurade\nd* san yɛɛ no ɔdefo bio na ɔde nʼahode a na ɔwɔ kan no mmɔho abien maa no. \v 11 Afei, ne nuabarimanom, ne nuabeanom nyinaa ne obiara a na onim no dedaw no baa ne fi ne no bedidii. Wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a \nd Awurade\nd* ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kaa. \p \v 12 \nd Awurade\nd* hyiraa Hiob nkwa awiei sen ne mfiase. Onyaa nguan mpem dunan, yoma mpem asia, anantwinini mpamho apem ne mfurum abere apem. \v 13 Bio onyaa mmabarima baason ne mmabea baasa. \v 14 Ɔtoo ne babea piesie no din Yemima, na nea odi so no Kesia na nea ɔto so abiɛsa no de Keren-Hapuk. \v 15 Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmabea no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuabarimanom no ho maa wɔn agyapade. \p \v 16 Eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan; ohuu ne mma ne ne nenanom awo ntoatoaso anan. \v 17 Afei owui a na wabɔ akwakoraa pa ara.