\id JHN - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Yohane \toc1 Yohane Asɛmpa No \toc2 Yohane \toc3 Yoh \mt1 Yohane \mt2 Asɛmpa No \c 1 \s1 Hann A Ɛwɔ Sum Mu \p \v 1 Ansa na wɔrebɛbɔ wiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dedaw. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. \v 2 Mfiase no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. \v 3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. \v 4 Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann. \v 5 Hann no hyerɛn wɔ sum mu a sum no ntumi nni hann no so. \p \v 6 Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane. \v 7 Obedii hann no ho adanse sɛnea ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi. \v 8 Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbaa se ɔrebedi hann no ho adanse. \p \v 9 Saa hann yi ne nokware hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no. \v 10 Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no, wiase anhu no. \v 11 Ɔbaa nʼankasa ne man mu, nanso ne manfo annye no anto mu. \v 12 Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma \v 13 wɔ honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa. \p \v 14 Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtena ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ahyɛ no ma. \p \v 15 Yohane kaa ne ho asɛm se, “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ ” \v 16 Ofi ne mmɔborɔhunu a to ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa. \v 17 Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu Kristo so na yenyaa adom ne nokware. \v 18 Obiara nhuu Onyankopɔn da, gye ne Ba koro no a ɔno nso yɛ Onyankopɔn no, nea ɔwɔ Agya no nkyɛn na wada no adi no. \s1 Yohane Adansedi \p \v 19 Yudafo mpanyin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfo ne Lewifo kɔɔ Yohane nkyɛn kobisaa no se, “Wone Agyenkwa no ana?” \v 20 Yohane antwentwɛn asɛm no mmuae so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ se, “Ɛnyɛ me ne Agyenkwa no.” \p \v 21 Wobisaa no se, “Ɛno de, na wone hena, Elia ana?” \p Obuaa wɔn se, “Dabi.” \p Wobisaa no bio se, “Wone Odiyifo no?” \p Ɔsan buaa wɔn se, “Dabi”. \p \v 22 Wɔsan bisaa no se, “Ɛno de, na wone hena? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amanneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?” \p \v 23 Yohane buaa wɔn se, “Mene nne a efi sare so a ɛteɛ mu sɛnea Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm se, ‘Munsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no.’ ” \p \v 24 Afei wɔn a Farisifo no somaa wɔn no bisaa Yohane bio se, \v 25 “Sɛ ɛnyɛ wo ne Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifo no a, adɛn nti na wobɔ asu?” \p \v 26 Yohane nso buae se, “Me de, nsu na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfimfini ha a munnim no, \v 27 a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔw; ɔno na obedi mʼakyi aba.” \p \v 28 Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ Asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no. \s1 Yohane Di Yesu Ho Adanse \p \v 29 Ade kyee a Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteɛɛ mu kae se, “Hwɛ, Onyankopɔn Guamma a oyi wiase bɔne kɔ no! \v 30 Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ ɔkɛse sen me, efisɛ na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.’ \v 31 Me de, na minnim no, nanso mede nsu bɛbɔɔ asu sɛnea ɛbɛyɛ na mɛda no adi akyerɛ Israel.” \p \v 32 Na Yohane dii adanse se, “Mihuu Honhom no sɛ asian aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresian afi ɔsoro. \v 33 Na anka minnim no, nanso bere a Onyankopɔn somaa me se memfa nsu mmɔ asu no, ɔka kyerɛɛ me se, ‘Onipa a wubehu sɛ Honhom no besian aba ne so no, ɔno ne nea worehwɛ nʼanim no. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron bɛbɔ asu.’ \v 34 Mahu eyinom nyinaa sɛ aba mu na midi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.” \s1 Yesu Asuafo A Wodi Kan \p \v 35 Ade kyee a Yohane ne nʼasuafo no mu baanu gyina baabi no, wohuu sɛ Yesu retwa mu. \v 36 Yohane hwɛɛ no kae se, “Oyi ne Onyankopɔn Guamma no!” \p \v 37 Asuafo baanu no tee nea ɔkae no, wokodii Yesu akyi. \v 38 Yesu twaa nʼani huu sɛ wodi nʼakyi no, obisaa wɔn se, \wj “Dɛn na morehwehwɛ?”\wj* \p Wɔn nso bisaa no se, “Rabi” (a ne nkyerɛase ne Kyerɛkyerɛfo), “ɛhe na wote?” \p \v 39 Obuaa wɔn se, \wj “Mommra mmɛhwɛ.”\wj* \p Enti wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte na wɔne no tenaa hɔ fii awia nnɔnnan kosii anwummere. \p \v 40 Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no nti ɛma wokodii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro nua Andrea. \v 41 Ade a edi kan a Andrea yɛe ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no” (Kristo no). \v 42 Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. \p Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no se, \wj “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso efi nnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa”\wj* (ɛno ara ne Petro a ne nkyerɛase ne Ɔbotan no). \s1 Yesu Frɛ Filipo Ne Natanael \p \v 43 Ade kyee no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo ka kyerɛɛ no se, \wj “Di mʼakyi.”\wj* \p \v 44 Na Filipo nso fi Betsaida a na Petro ne Andrea nso fi no. \v 45 Filipo fii hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no a Mose ne adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ofi Nasaret no ba.” \p \v 46 Natanael bisaa Filipo se, “Ade pa bi betumi afi Nasaret aba?” \p Filipo nso ka kyerɛɛ no se, “Bra na bɛhwɛ.” \p \v 47 Bere a Yesu huu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkae se, \wj “Israelni nokwafo ni ampa.”\wj* \p \v 48 Natanael bisaa Yesu se, “Woyɛɛ dɛn huu sɛnea mete?” \p Yesu nso buaa no se, \wj “Bere a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mihuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”\wj* \p \v 49 Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba no, Israelhene no!” \p \v 50 Yesu bisaa no se, \wj “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mihuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na wugye di ana? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom.\wj* \v 51 \wj Mereka nokware akyerɛ mo se, mubehu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ Onipa Ba no so.”\wj* \c 2 \s1 Yesu Ma Nsu Dan Nsa \p \v 1 Ne nnansa so na nnipa bi hyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no. Na Yesu ne na wɔ hɔ, \v 2 na wɔato nsa afrɛ Yesu ne nʼasuafo no nso aba hɔ bi. \v 3 Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sa maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔn nsa a wɔrenom no asa.” \p \v 4 Yesu ka kyerɛɛ ne na se, \wj “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ? Me bere nnya nnui.”\wj* \p \v 5 Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, “Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ.” \p \v 6 Na abo asuhina asia sisi hɔ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de hohoro wɔn ho wɔ amanne kwan so. Na ahina biara tumi fa nsu galɔn aduasa. \p \v 7 Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, \wj “Momfa nsu nhyehyɛ ahina no amaama.”\wj* Wɔde nsu hyɛɛ no amaama. \p \v 8 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no.”\wj* \p \v 9 Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu a adan nsa no hwɛe. Na onnim faako a nsa no fi, nanso na asomfo no de, wonim. Ɔfrɛɛ ayeforokunu no \v 10 ka kyerɛɛ no se, “Saa nsa yi yɛ nsa pa. Wonte sɛ afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔto pon de nsa pa di kan ba wɔ nʼaponto ase, na akyiri no ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!” \p \v 11 Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ wɔ bagua mu de kyerɛɛ sɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no. \p \v 12 Ayeforohyia no akyi no, ɔne ne na ne ne nuanom ne nʼasuafo no dii nna kakra wɔ Kapernaum. \s1 Yesu Kɔ Asɔredan Mu \p \v 13 Esiane sɛ na Yudafo Twam Afahyɛ no rebedu nti, Yesu kɔɔ Yerusalem. \v 14 Oduu asɔredan no mu hɔ no, ohuu sɛ aguadifo bi nso tete wɔn apon akyi resesa sika. \v 15 Yesu faa ntampehama yɛɛ no mpire de pam sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apon gu maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee. \v 16 Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Munnyae sɛ mode mʼAgya fi ayɛ aguadibea no!”\wj* \v 17 Asuafo no kae se, wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Wo fi yiyedi ho dadwen ahyɛ me so.” \p \v 18 Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopam nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.” \p \v 19 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne sɛ, mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio.”\wj* \p \v 20 Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisaa no se, “Asɔredan a wɔde mfe aduanan asia sii no, na wode nnansa betumi asi?” \v 21 Nanso Yesu de, na ɔde ɔno ankasa ne nipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho, \v 22 Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii. \p \v 23 Bere a Twam Afahyɛ no duu a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahorow bebree maa nnipa gyee no dii. \v 24 Nanso Yesu amfa ne ho anto wɔn so, efisɛ na onim sɛnea nnipa suban te. \v 25 Na onhia onipa adanse a obedi afa onipa ho, efisɛ na onim nea ɛwɔ onipa mu. \c 3 \s1 Nikodemo Kɔ Yesu Nkyɛn \p \v 1 Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafo mpanyimfo no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsan yɛ Farisini no, \v 2 kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, efisɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.” \p \v 3 Yesu buaa no se, \wj “Merema woate ase sɛ, sɛ wɔanwo wo foforo a worentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”\wj* \p \v 4 Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi betumi akɔ me na yam ama wawo me bio?” \p \v 5 Yesu nso buaa no se, \wj “Mereka nokware akyerɛ wo se sɛ wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.\wj* \v 6 \wj Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom.\wj* \v 7 \wj Mma ɛnyɛ wo nwonwa sɛ maka se ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforo!\wj* \v 8 \wj Sɛnea wote mframa nka, nanso wuntumi nkyerɛ faako a efi ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awo no nso te.”\wj* \p \v 9 Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu?” \p \v 10 Yesu buaa no se, \wj “Wo, ɔkyerɛkyerɛfo a wudi mu wɔ Israel na wonte eyi ase?\wj* \v 11 \wj Nea yenim ne nea yɛahu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso munnye yɛn nni.\wj* \v 12 \wj Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a mubegye adi?\wj* \v 13 \wj Obiara nkɔɔ ɔsoro da agye nea ofi ɔsoro bae no—Onipa Ba no.\wj* \v 14 \wj Sɛnea Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ no so sɛn dua so wɔ sare so no, saa ara na me nso wɔbɛma me so,\wj* \v 15 \wj na obiara a ogye me di no benya nkwa a enni awiei.\wj* \p \v 16 “Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei. \v 17 Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom ɔsomaa no se ommegye wiase nkwa. \v 18 Obiara a ogye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na nea onnye no nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no anni. \v 19 Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ wɔn nneyɛe nyinaa yɛ bɔne. \v 20 Ɔdebɔneyɛni biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, efisɛ osuro sɛ ne nneyɛe bɔne no bɛda adi. \v 21 Na nea ɔyɛ Onyame apɛde no ba Hann no mu na obiara ahu sɛ ɔyɛ Onyame apɛde.” \s1 Yohane Di Yesu Ho Adanse Bio \p \v 22 Eyi akyi no Yesu ne nʼasuafo no fii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. \v 23 Saa bere no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. \v 24 Saa bere no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase ɛ. \v 25 Da bi, Yohane akyidifo bi ne Yudani bi gyee akyinnye faa ahodwira ho. \v 26 Enti asuafo no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohɔ no a wudii ne ho adanse no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.” \p \v 27 Yohane buae se, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho. \v 28 Mo ara mudi me adanse sɛ meka kyerɛɛ mo se, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no na mmom wɔasoma me adi nʼanim kan.’ \v 29 Adamfo a ɔboa ayeforokunu no wɛn nʼaso twɛn no na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno nti na mʼanigye wie pɛyɛ no. \v 30 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse na me nso meyɛ ɔketewa. \p \v 31 “Nea ofi ɔsoro aba no yɛ ɔkɛse sen obiara; Nea ofi asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. \v 32 Ɔsoroni no ka nea wahu ne nea wate, nanso obiara nnye no nni. \v 33 Wɔn a wogye no di no di adanse sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. \v 34 Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, efisɛ Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. \v 35 Agya no dɔ ne Ba no nti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. \v 36 Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom Onyankopɔn asotwe da no so.” \c 4 \s1 Yesu Hyia Samarianibea Bi \p \v 1 Yesu huu se Farisifo no ate sɛ nnipa pii reba ne nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn, \v 2 a na ɛnyɛ Yesu ankasa na ɔbɔ asu no, na mmom nʼasuafo no na wɔbɔ asu. \v 3 Enti ofii Yudea san kɔɔ Galilea. \p \v 4 Ɔrekɔ no na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. \v 5 Ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, na Yesu abɛn Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. \v 6 Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa bere no bɛyɛ awia nnɔndumien. \p \v 7 Ankyɛ na Samarianibea bi baa hɔ bɛtow nsu maa Yesu srɛɛ no sɛ, \wj “Ma me nsu no bi nnom.”\wj* \v 8 Saa bere no na Yesu asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan. \p \v 9 Samarianibea no ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsu afi me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ. \p \v 10 Yesu buaa no se, \wj “Sɛ wunim akyɛde a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsu yi a anka wobɛsrɛ no na wama wo nkwa nsu.”\wj* \p \v 11 Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti; abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi? \v 12 Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Yakob a otuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nguan ne nʼanantwi nom mu nsu bi no ana?” \p \v 13 Yesu buaa no se, \wj “Obiara a ɔnom saa nsu yi bi no, osukɔm de no bio,\wj* \v 14 \wj nanso nea ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsu a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asuti a ɛrenyow da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”\wj* \p \v 15 Ɔbea no srɛɛ no se, “Owura, ma me saa nkwa nsu yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛtow nsu.” \p \v 16 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”\wj* \p \v 17 Ɔbea no buaa no se, “Me wura, minni kunu.” \p Yesu nso kae se, \wj “Asɛm a woaka no yɛ nokware, sɛ wunni kunu no.\wj* \v 18 \wj Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ mprempren no nyɛ wo kunu mpo.”\wj* \p \v 19 Ɔbea no kae se, “Owura, mihu sɛ woyɛ odiyifo. \v 20 Yɛn agyanom Samariafo som Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so, nanso mo Yudafo de, moka se Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn.” \p \v 21 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Merema woate ase sɛ bere bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔw yi so anaa Yerusalem.”\wj* \v 22 \wj Mo Samariafo nnim nea mosom no. Nanso yɛn Yudafo de, yenim nea yɛsom no, efisɛ Yudafo so na nkwagye nam ba.\wj* \v 23 \wj Nna bi reba, na mpo aba dedaw, sɛ nokware asomfo bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokware mu. Eyinom ne asomfo a Agya no hwehwɛ.\wj* \v 24 \wj Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no wɔ Honhom ne nokware mu.\wj* \p \v 25 Ɔbea no ka kyerɛɛ no se, “Minim sɛ Agyenkwa no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.” \p \v 26 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”\wj* \p \v 27 Yesu ano sii pɛ na nʼasuafo no san bae. Ɛyɛɛ asuafo no nwonwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbea bi redi nkɔmmɔ. Nanso wɔn mu biara ammisa ɔbea no nea ɔrehwehwɛ ne Yesu nso, nea enti a ɔne saa ɔbea no redi nkɔmmɔ no. \p \v 28 Afei ɔbea yi gyaw nʼasuhina no hɔ san kɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfo se, \v 29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kokoa mu nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa ɔno ne Agyenkwa no?” \v 30 Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu. \p \v 31 Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, didi.” \p \v 32 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mewɔ aduan a midi a munnim ho hwee.”\wj* \p \v 33 Ɛmaa asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Obi abrɛ no aduan bi ana?” \p \v 34 Yesu buae se, \wj “Mʼaduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie dwuma a ɔde maa me sɛ mimmedi no.\wj* \v 35 \wj Moka se, ‘Asram anan mu, otwabere bedu.’ Mummue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na muhu sɛ aburow awo a ɛkyerɛ sɛ, otwabere adu!\wj* \v 36 \wj Otwafo nya nʼakatua a ɛsɛ no, na ɔboaboa nea watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Eyi ma nea odua ne nea otwa no nyinaa ani gye.\wj* \v 37 \wj Ɛyɛ nokware pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’\wj* \v 38 \wj Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ munkotwa nea monyɛe ho adwuma ɛ. Nnipa afoforo na wɔayɛ adwumaden, na mo de, moanya mfaso afi adwuma a wɔayɛ no mu.”\wj* \s1 Samariafo Pii Gye Yesu Di \p \v 39 Esiane adanse a Samarianibea no di faa Yesu ho se, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no nti, kurow no mu hɔfo pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no. \v 40 Enti bere a Samariafo no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnaanu wɔ wɔn nkyɛn. \v 41 Ne nsɛm no nti nnipa bebree gyee no dii. \p \v 42 Nnipa a wogyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɛnyɛ adanse a wubedii no nti na yegye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no nti na yɛagye no adi. Na yenim sɛ ɔno ne wiase Agyenkwa no.” \s1 Galileafo Gye Yesu \p \v 43 Nnaanu akyi no, Yesu fii kurow no mu kɔɔ Galilea. \v 44 Ɛwɔ mu sɛ na Yesu aka se, “Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne man mu” de, nanso \v 45 esiane nea Galileafo a wɔwɔ Yerusalem wɔ Twam Afahyɛ bere no mu no huu nea Yesu yɛe no nti, oduu Galilea no wogyee no. \s1 Yesu Sa Abofra Bi Yare \p \v 46 Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa hɔ no bio. Yesu wɔ hɔ no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no \v 47 tee ne nka sɛ ofi Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no. \p \v 48 Yesu kae se, \wj “Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi ana?”\wj* \p \v 49 Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a me ba no bewu.” \p \v 50 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Kɔ fie na wo ba no ho ayɛ no den!”\wj* \p Ɔsomfo panyin no gyee asɛm a Yesu kae no dii na osii mu sɛ ɔrekɔ fie. \v 51 Ɔnam kwan so no, nʼasomfo bi behyiaa no ka kyerɛɛ no se ne ba no ho atɔ no. \v 52 Ɔbarima no bisaa nʼasomfo no se, “Bere bɛn na ne ho tɔɔ no?” Asomfo no buaa no se, “Nnɛra awia bɛyɛ dɔnkoro bere mu na atiridiinini a na abɔ no no gyaee.” \p \v 53 Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaa se ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Kɔ fie na wo ba no ho atɔ no”\wj* no. Eyi maa ɔbarima no ne ne fifo nyinaa gyee Yesu dii. \p \v 54 Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe. \c 5 \s1 Ɔtare Bi Ho Ayaresa \p \v 1 Eyi akyi no Yudafo afahyɛ bi nti Yesu san kɔɔ Yerusalem. \v 2 Na ɔtare bi wɔ kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia. \v 3 Saa pata yi ase na na ayarefo pii sɛ, anifuraefo, mpakye ne mmubuafo wɔ retwɛn sɛ Awurade bɔfo fi ɔsoro bɛba abɛfono nsu no. \v 4 Nea ɛte ne sɛ, sɛ ɔbɔfo no fono nsu no wie a, ɔyarefo a obedi kan atɔ mu no nya ayaresa. \v 5 Na ɔbarima bi ayare ada ɔtare no ho mfe aduasa awotwe. \v 6 Yesu huu sɛ wayare ada hɔ akyɛ no, obisaa no se, \wj “Wopɛ sɛ wo ho tɔ wo ana?”\wj* \p \v 7 Ɔyarefo no buaa no se, “Me wura, sɛ ɔbɔfo no bɛfono nsu no a, minnya obi a ɔbɛma me so ato mu. Bere biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ mu no, obi di me kan.” \p \v 8 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Sɔre! Bobɔw wo kɛtɛ na kɔ fie.”\wj* \v 9 Amono mu hɔ ara, ɔbarima no nyaa ahoɔden bobɔw ne kɛtɛ, fii ase nantewee. \p Na saa da no yɛ homeda. \v 10 Yudafo mpanyin huu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuw yiye. Wobisaa no se, “Wunnim sɛ nnɛ yɛ homeda na etia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ ana?” \p \v 11 Ɔbarima yi de ahopopo yii ne ho ano se, “Onipa a ɔsaa me yare no na ɔka kyerɛɛ me se mensoa me kɛtɛ na menkɔ.” \p \v 12 Wɔtee saa no wobisaa no se, “Hena ne saa onipa no?” \p \v 13 Nanso na nea wɔsaa no yare no nnim Yesu. Afei nso na Yesu afa nnipa no mu kɔ. \p \v 14 Akyiri no, Yesu hyiaa ɔbarima no wɔ asɔredan mu tuu no fo se, \wj “Afei a wo ho atɔ wo yi, hwɛ yiye na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsen kan yare no amma wo so.”\wj* \v 15 Ɔbarima yi fii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no se ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yare no. \s1 Tumi A Ɔba No Wɔ \p \v 16 Yudafo mpanyin yi fii ase tan Yesu ani, efisɛ wabu wɔn homeda mmara no so. \v 17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mʼagya yɛ adwuma bere biara enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma bere biara.”\wj* \v 18 Saa asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo mpanyin no bo fuwii, na wɔyɛɛ wɔn adwene se wobekum no, efisɛ na ɛnyɛ homeda mmara no nko na obu so na na ɔsan frɛ ne ho se Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. \p \v 19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Ɔba no ntumi mfi ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom ɔyɛ nea ohu sɛ nʼAgya yɛ no bi.\wj* \v 20 \wj Efisɛ Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no ɔma Ɔba no hu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛse a ɛsen saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiriw mo.\wj* \v 21 \wj Na sɛnea Agya no nyan awufo no, saa ara nso na Ɔba no nyan awufo a ɔpɛ sɛ onyan wɔn no.\wj* \v 22 \wj Afei koraa mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmu tumi no ahyɛ Ɔba no nsa\wj* \v 23 \wj sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bedi Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Obiara a onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.\wj* \p \v 24 \wj “Mereka nokware akyerɛ mo se: Obiara a otie me nsɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ nkwa a enni awiei. Wɔremmu no atɛn, efisɛ wafi owu mu aba nkwa mu.\wj* \v 25 \wj Mereka nokware bio sɛ, bere bi reba, na mpo saa bere no anya aba a awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no benya nkwa.\wj* \v 26 \wj Sɛnea Agya no yɛ nkwamafo no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafo.\wj* \v 27 \wj Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, efisɛ ɔno ne Onipa Ba no.\wj* \p \v 28 \wj “Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere bi reba a awufo a wɔwɔ wɔn nna mu mpo bɛte me nne,\wj* \v 29 \wj na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no benyan atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ.\wj* \v 30 \wj Merentumi mfi mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na migyina bu atɛn. Ɛno nti atɛn a mibu no yɛ nokware.\wj* \s1 Yesu Ho Adansedi Ahorow \p \v 31 \wj “Sɛ me ara midi me ho adanse a, mʼadansedi no nni mu.\wj* \v 32 \wj Na obi wɔ hɔ a odi me ho adanse a minim sɛ nʼadanse a odi fa me ho no yɛ nokware.\wj* \p \v 33 \wj “Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanse a ɛyɛ nokware.\wj* \v 34 \wj Nnipa adansedi ho nhia me ansa na moahu onipa ko a meyɛ. Na mmom meka Yohane adanse a odii no kyerɛ mo sɛ nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn begye mo nkwa.\wj* \v 35 \wj Yohane nsɛm a ɔkae yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyei.\wj* \p \v 36 \wj “Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanse sen Yohane.\wj* \v 37 \wj Ɛwɔ mu sɛ munhuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanse.\wj* \v 38 \wj Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, efisɛ munnnye me a ɔsomaa me no nni.\wj* \v 39 \wj Musua Kyerɛwsɛm no, efisɛ mugye di sɛ ɛno na ɛbɛma moanya nkwa a enni awiei. Nanso saa Kyerɛwsɛm koro no ara di me ho adanse!\wj* \v 40 \wj Eyi nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!\wj* \p \v 41 \wj “Menhwehwɛ nnipa anim anuonyam.\wj* \v 42 \wj Minim nnipa ko a moyɛ. Minim sɛ munni Onyankopɔn ho dɔ.\wj* \v 43 \wj Mebaa wɔ mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ a, ɛno de, mugye no.\wj* \v 44 \wj Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sen sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?\wj* \p \v 45 \wj “Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo wɔ Agya no anim, na mmom ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so se ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu no.\wj* \v 46 \wj Sɛ mugyee Mose dii a anka me nso mubegye me adi, efisɛ nsɛm a ɔkyerɛw no di me ho adanse.\wj* \v 47 \wj Na esiane sɛ moannye nsɛm a ɔkyerɛw no anni no nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ munnye me nni.”\wj* \c 6 \s1 Yesu Ma Nnipa Mpem Anum Aduan \p \v 1 Eyi akyi no, Yesu kɔɔ tɔnn kotwaa Galilea Po, a ɛyɛ Tiberia Po no. \v 2 Esiane sɛ nkurɔfo huu sɛ Yesu nam anwonwakwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi. \v 3 Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ bepɔw bi so kɔtenaa hɔ kakra. \v 4 Saa bere no na Twam Afahyɛ no abɛn. \p \v 5 Bere a Yesu twaa nʼani, huu sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, \wj “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?”\wj* \v 6 Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔbɛyɛ. \p \v 7 Filipo buae se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram awotwe akatua.” \p \v 8 Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kae se, \v 9 “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?” \p \v 10 Yesu hyɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Momma obiara ntena ase.”\wj* Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpem anum. \v 11 Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn. \p \v 12 Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe.”\wj* \v 13 Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. \p \v 14 Nnipa no huu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo a yɛrehwɛ no kwan no.” \v 15 Yesu huu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no, ɔtwee ne ho fii wɔn mu kɔɔ bepɔw no so bio. \s1 Yesu Nantew Po So \p \v 16 Onwini dwoe no, Yesu asuafo no kɔɔ Galilea mpoano. \v 17 Wɔtwɛn kosii sɛ ade sae na ɔmma no, wɔkɔtenaa ɔkorow mu se wɔrekɔ Kapernaum. \v 18 Saa bere no na ahum retu wɔ po so ama po no ani afono. \v 19 Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ, \v 20 Yesu kae se, \wj “Ɛyɛ me, Munnsuro!”\wj* \v 21 Asuafo no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena ɔkorow no mu, nanso ntɛm ara ɔkorow no koduu Kapernaum. \p \v 22 Ade kyee no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no huu sɛ ɔkorow baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafo no tenaa mu kɔe a na Yesu nka wɔn ho. \v 23 Ankyɛ koraa na akorow afoforo bi fi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuw no aduan dii no. \v 24 Bere a nnipa no huu sɛ Yesu ne nʼasuafo no nni hɔ no, wɔtenatenaa akorow no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no. \s1 Yesu, Nkwa Aduan No \p \v 25 Woduu Kapernaum na wohuu Yesu no, wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na wobaa ha?” \p \v 26 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ sɛ muhuu anwonwade a meyɛe no nti na morehwehwɛ me, na mmom sɛ munyaa aduan di mee no nti.\wj* \v 27 \wj Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me.”\wj* \p \v 28 Nnipa no bisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?” \p \v 29 Yesu buaa wɔn se, \wj “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, munnye nea wasoma no no nni.”\wj* \p \v 30 Nnipa no bisaa no bio se, “Anwonwade bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi? \v 31 Sɛ wopɛ sɛ yegye wo di sɛ wone Agyenkwa no de a, ɛno de ma yɛn aduan nni daa sɛnea Kyerɛwsɛm no di ho adanse sɛ, Mose maa yɛn nenanom ɔsoro aduan dii wɔ sare no so.” \p \v 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nenanom aduan a efi ɔsoro no dii wɔ sare so hɔ no na mmom ɛyɛ mʼAgya. Na afei de, ɔma mo aduan a efi ɔsoro a ɛma nkwa a enni awiei no di daa.\wj* \v 33 \wj Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”\wj* \p \v 34 Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Owura, ma yɛn saa aduan no bi nni daa.” \p \v 35 Yesu kae se, \wj “Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da.\wj* \v 36 \wj Sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me nnwuma, nanso munnye me nni.\wj* \v 37 \wj Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.\wj* \v 38 \wj Na mifi ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na ɛnyɛ mʼapɛde.\wj* \v 39 \wj Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo.\wj* \v 40 \wj MʼAgya apɛde ne sɛ obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no manyan no ama no nkwa foforo.”\wj* \p \v 41 Yudafo no tee sɛ Yesu aka se, \wj “Mene aduan a efi ɔsoro”\wj* no, wonwiinwii. \v 42 Wɔkɔɔ so kae se, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na otumi ka se ofi ɔsoro na ɔbae?” \p \v 43 Yesu buaa wɔn se, \wj “Munnyae anwiinwii no.\wj* \v 44 \wj Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no.\wj* \v 45 \wj Adiyifo no akyerɛw se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.\wj* \v 46 \wj Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahu Agya no pɛn, gye onipa a ofi Agya no nkyɛn no.\wj* \v 47 \wj Mereka nokwasɛm akyerɛ mo se, nea ogye di no nya nkwa a enni awiei.\wj* \v 48 \wj Mene brodo a ɛma nkwa no.\wj* \v 49 \wj Mo nenanom dii mana wɔ sare so nso wowuwui,\wj* \v 50 \wj nanso brodo a efi ɔsoro ba no yɛ brodo a obi di a ɔrenwu da.\wj* \v 51 \wj Mene brodo a efi ɔsoro no; sɛ obi di saa brodo yi a ɔbɛtena ase daa. Brodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no ne me honam a mede ma, sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.”\wj* \p \v 52 Asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo no bo fuwii, ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi betumi de ne honam ama yɛn sɛ aduan ama yɛadi?” \p \v 53 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduan na moannom ne mogya a, morennya nkwa a enni awiei.\wj* \v 54 \wj Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya no nya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no menyan no ama no nkwa foforo.\wj* \v 55 \wj Me honam ne aduan pa no, na me mogya nso ne nsu pa no.\wj* \v 56 \wj Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya sɛ nsu no te me mu, na me nso mete ne mu.\wj* \v 57 \wj Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam sɛ aduan no, me nti ɔbɛtena ase.\wj* \v 58 \wj Eyi ne brodo a efi ɔsoro bae. Ɛnte sɛ mana a yɛn nenanom dii wɔ sare so na wowuwui no. Saa brodo yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa.”\wj* \v 59 Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi. \s1 Yesu Akyidifo No Mu Pii Twe Wɔn Ho \p \v 60 Yesu akyidifo no mu pii tee asɛm a ɔkae no, wɔkae se, “Saa asɛm yi de, ɛkyerɛ yɛn adwene. Hena na ɔbɛte ase?” \p \v 61 Yesu huu sɛ nʼakyidifo no renwiinwii no, obisaa wɔn se, \wj “Asɛm a mekae yi to mo hintidua ana?\wj* \v 62 \wj Ɛno de ɛba sɛ Onipa Ba no resan akɔ ɔsoro, faako a ofi bae no a, dɛn na mobɛyɛ?\wj* \v 63 \wj Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu,\wj* \v 64 \wj nanso mo mu bi nnye nni.”\wj* Efi mfiase no na Yesu huu wɔn a wonnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho no. \v 65 Ɔkɔɔ so kae se, \wj “Eyi nti na meka kyerɛɛ mo se obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho kwan” no.\wj* \p \v 66 Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, nʼakyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni nʼakyi bio. \p \v 67 Yesu huu saa no, obisaa asuafo dumien no se, \wj “Mo nso mubegyae mʼakyidi ana?”\wj* \p \v 68 Simon Petro buaa no se, “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei. \v 69 Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.” \p \v 70 Yesu kɔɔ so kae sɛ, \wj “Me ara na miyii mo dumien yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”\wj* \v 71 Asɛm a Yesu kae no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako a obeyi Yesu ama no ho. \c 7 \s1 Yesu Ho Akyinnyegye \p \v 1 Eyi akyi no Yesu kyinkyinii wɔ Galilea. Wampɛ sɛ obekyinkyin wɔ Yudea, efisɛ na Yudafo mpanyin no rehwehwɛ no akum no. \v 2 Bere a Yudafo Asese Afahyɛ no reyɛ adu no, \v 3 Yesu nuanom ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wufi ha san kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ na wʼakyidifo behu nsɛnkyerɛnne a woyɛe no. \v 4 Sɛ obi pɛ sɛ ogye din a ɔmmfa ne nneyɛe nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hu ne nneyɛe.” \v 5 Na nʼankasa ne nuanom mpo nnye no nni. \p \v 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Me bere nnuu ɛ, na mo de bere biara ye ma mo.\wj* \v 7 \wj Mo de, nnipa tan mo a ɛnyɛ ye, nanso me de wɔtan me a ɛyɛ ye, efisɛ daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.\wj* \v 8 \wj Mo de, munni kan nkɔ afahyɛ no na me de, minnya nkɔɔ ɛ, efisɛ me bere nnuu ɛ.”\wj* \v 9 Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no ɔtenaa Galilea. \p \v 10 Yesu nuanom kɔɔ akyi no na ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wanna ne ho adi wɔ hɔ. \v 11 Yudafo mpanyin no hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase na wɔanhu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?” \p \v 12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu efisɛ na wosuro Yudafo mpanyin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” \p Na afoforo nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafo.” \v 13 Yudafo mpanyin no ho hu nti obiara antumi anyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ bagua mu. \s1 Yesu Kyerɛkyerɛ Wɔ Afahyɛ No Ase \p \v 14 Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe. \v 15 Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?” \p \v 16 Yesu buaa wɔn se, \wj “Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no.\wj* \v 17 \wj Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu sɛ me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa.\wj* \v 18 \wj Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu.\wj* \v 19 \wj Mose amma mo mmara no ana? Nanso mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn nti na mopɛ sɛ mukum me?”\wj* \p \v 20 Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hena na ɔrehwehwɛ wo akum wo?” \p \v 21 Yesu buaa wɔn se, \wj “Anwonwade baako pɛ a mayɛ nti na mo ho adwiriw mo sɛɛ yi.\wj* \v 22 \wj Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nenanom) nanso, mutwa twetia homeda.\wj* \v 23 \wj Sɛ mutwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn nti na sɛ mesa obi yare homeda a, mo bo fuw me?\wj* \v 24 \wj Mummmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a muhu no yiye ansa na moabu ho atɛn.”\wj* \s1 Yesu Ne Agyenkwa No Ana? \p \v 25 Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisae se, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne nea wɔpɛ sɛ wokum no no ana? \v 26 Ɔno na ɔrekasa wɔ bagua mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei de mpanyimfo no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no? \v 27 Yenim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.” \p \v 28 Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no dennen se, \wj “Ɛwɔ mu sɛ munim me na munim faako nso a mifi bae, nanso ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae, na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, nanso munnim no;\wj* \v 29 \wj na me de, minim no, efisɛ mifi ne nkyɛn na mebae na ɔno na ɔsomaa me.”\wj* \p \v 30 Nʼano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ. \v 31 Nnipa no mu fa kɛse no ara gyee no dii na wobisae se, “Sɛ Agyenkwa no ba a obetumi ayɛ anwonwade bebree sen nea ɔbarima yi ayɛ no ana?” \p \v 32 Farisifo no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfo mpanyin no somaa hyiadan awɛmfo bi se wɔnkɔkyere Yesu mmra. \p \v 33 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, \wj “Nna kakraa bi na aka me a me ne mo bɛtena na masan akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.\wj* \v 34 \wj Mobɛhwehwɛ me nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”\wj* \p \v 35 Bere a Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhefa na ose ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafo nkurow a Yudafo tete mu no mu akɔkyerɛkyerɛ wɔn? \v 36 Sɛ ɔka se, \wj ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’\wj* a, na ɔkyerɛ dɛn?” \s1 Nsu A Ɛma Nkwa \p \v 37 Afahyɛ no da a edi akyi a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa dennen se, \wj “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsu.\wj* \v 38 \wj Na Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Obiara a ogye me di no, nsu a ɛma nkwa bɛsen afi ne mu.’ ”\wj* \v 39 Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wogyee no dii no nsa bɛka no ho. Saa bere no na onya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn ɛ, efisɛ na wonnya mmaa no so nkɔɔ ɔsoro nhyɛɛ no anuonyam ɛ. \p \v 40 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kae se, “Ampa ara onipa yi ne odiyifo no!” \p \v 41 Afoforo nso kae se, “Ɔno ne Kristo no!” \p Ebinom nso bisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no befi Galilea? \v 42 Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?” \v 43 Yesu nti nnipa no mu kyekyɛe. \v 44 Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no nanso obiara amfa ne nsa anka no. \s1 Yudafo Mpanyin Akyinnyegye \p \v 45 Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?” \p \v 46 Asomfo no buae se, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwonwa na yɛntee bi da.” \p \v 47 Farisifo no san bisaa asomfo no se, “Mo nso wadaadaa mo ana? \v 48 Moahu sɛ mpanyimfo anaa Farisifo no bi agye no adi ana? \v 49 Dabi, ɛremma sa, na mmom ɛyɛ wɔn a wonnim mmara no na wɔadome wɔn no na wobegye no adi.” \p \v 50 Saa bere no na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi owiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. \v 51 Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee nʼanom asɛm, nhuu nea wayɛ ana?” \p \v 52 Wobuaa no se, “Wo nso wufi Galilea ana? Hwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu yiye na wubehu sɛ odiyifo biara rentumi mfi Galilea da.” \p \v 53 Afei obiara fii hɔ kɔe a wɔantumi ansi gyinae biara. \c 8 \nb \v 1 Yesu san kɔɔ Ngo Bepɔw no so. \s1 Ɔbea Guamanfo No \p \v 2 Ade kyee anɔpa no ɔsan baa hyiadan no mu. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. \v 3 Ogu so rekasa no, Yudafo mpanyin ne Farisifo de ɔbea bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ aguaman baa nʼanim. \v 4 Wɔka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman, \v 5 nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no wɔ saa ɔkwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?” \v 6 Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano. \p Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam. \v 7 Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no nni kan ntow ɔbo mmɔ no.”\wj* \v 8 Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam. \p \v 9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara. \v 10 Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, \wj “Nnipa a wɔde wo bae no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?”\wj* \p \v 11 Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.” \p Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Sɛ saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”\wj* \s1 Yesu, Wiase Hann \p \v 12 Yesu san toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no se, \wj “Mene wiase hann no. Obiara a odi mʼakyi no rennantew sum mu da, na obenya hann a ɛkyerɛ nnipa kwan ma wɔkɔ nkwa mu.”\wj* \p \v 13 Farisifo no tee asɛm a Yesu kae no, wɔka kyerɛɛ no se, “Asɛm a woreka yi de, yɛrennye nto mu, efisɛ wo ara na woredi wo ho adanse.” \p \v 14 Yesu nso buaa wɔn se, \wj “Sɛ me ara meredi me ho adanse mpo a, asɛm a meka no yɛ nokware, efisɛ minim faako a mifi bae ne faako a merekɔ. Na mo de, munnim faako a mifi bae ne faako a merekɔ nso.\wj* \v 15 \wj Mo ankasa mode mo adwene na ebu atɛn na me de, mimmu obiara atɛn.\wj* \v 16 \wj Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mibu atɛn a mʼatemmu bɛyɛ atɛntrenee, efisɛ ɛnyɛ me nko na mebu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho.\wj* \v 17 \wj Wɔakyerɛw wɔ mo mmara mu se sɛ nnansefo baanu adanse hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanse no yɛ nokware.\wj* \v 18 \wj Midi me ho adanse na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.”\wj* \p \v 19 Nnipa no bisaa no se, “Ɛhe na wʼAgya no wɔ?” \p Yesu buaa wɔn se, \wj “Munnim me na munnim mʼAgya no nso. Sɛ munim me a, anka mubehu mʼAgya no nso.”\wj* \v 20 Yesu kaa eyinom nyinaa wɔ bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnu ɛ. \p \v 21 Yesu san ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mefi mo nkyɛn akɔ; mobɛhwehwɛ me na morenhu me. Na mo de, mubewu wɔ mo bɔne mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”\wj* \p \v 22 Yudafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na ɔrekɔ a ose \wj ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’\wj* Gyama ɔrekokum ne ho?” \p \v 23 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mo de, mufi asase so ha nanso me de, mifi ɔsoro na mebae. Mo de, mufi wiase nanso me de, mimfi wiase,\wj* \v 24 \wj Ɛno nti na meka kyerɛ mo se mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene nea mene a, mubewu wɔ mo bɔne mu.”\wj* \p \v 25 Wobisaa no se, “Wo koraa wone hena?” \p Yesu buaa wɔn se, \wj “Mene nea daa meka kyerɛ mo se meyɛ.\wj* \v 26 \wj Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo na asɛm a meka no yɛ nea mate afi ne nkyɛn.”\wj* \p \v 27 Nnipa no ante no ase sɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no. \v 28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Sɛ munya ma Onipa Ba no so wɔ asennua no so a na mubehu sɛ mene nea mene no, na afei mubehu bio sɛ mimfi me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom nea Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka.\wj* \v 29 \wj Nea ɔsomaa me no ka me ho daa. Onnyaw me da efisɛ meyɛ nea ɛsɔ nʼani.”\wj* \v 30 Nnipa a wɔtee nea Yesu kaa no mu dodow no ara gyee no dii. \s1 Yudafo Ahohoahoa \p \v 31 Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a wogyee no dii no se, \wj “Sɛ mudi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafo.\wj* \v 32 \wj Ɛno ansa na mubehu nokware no na nokware no bɛma moade mo ho.”\wj* \p \v 33 Nnipa no buaa no se, “Yɛn de, yɛyɛ Abraham asefo. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na adɛn nti na woka se wobɛma yɛade yɛn ho?” \p \v 34 Yesu buaa wɔn se, \wj “Mereka nokware akyerɛ mo se obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa.\wj* \v 35 \wj Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba de, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu.\wj* \v 36 \wj Ɛno nti sɛ ɔba no ma mode mo ho a mobɛde mo ho ampa.\wj* \v 37 \wj Migye to mu sɛ moyɛ Abraham asefo, nanso morehwehwɛ me akum me, efisɛ munni ne nkyerɛkyerɛ so.\wj* \v 38 \wj Nea mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo de, nea mo agya aka akyerɛ mo no na mudi so.”\wj* \p \v 39 Nnipa no kae se, “Yɛn agya ne Abraham.” \p Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Moyɛ Abraham asefo ampa a anka ne nnwuma a ɔyɛe no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ.\wj* \v 40 \wj Nea mayɛ ne sɛ maka nokware a mote fii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ eyi.\wj* \v 41 \wj Moreyɛ nea mo agya yɛe.”\wj* \p Nnipa no san kae se, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.” \p \v 42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, efisɛ ne nkyɛn na mifi bae na mewɔ ha. Mamfi me pɛ mu na mebae; ɔno na ɔsomaa me.\wj* \v 43 \wj Adɛn nti na monte nsɛm a mereka yi ase? Efisɛ mompɛ sɛ mote ase.\wj* \v 44 \wj Mo de, ɔbonsam ne mo agya na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifo fi mfiase. Onni nokware da efisɛ ɔnyɛ ɔnokwafo. Sɛ odi atoro a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.\wj* \v 45 \wj Nanso me de, esiane sɛ meka nokware nti na munnye me nni no.\wj* \v 46 \wj Mo mu hena na obetumi aka se midi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokware a adɛn nti na munnye me nni?\wj* \v 47 \wj Obiara a ofi Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo de, esiane sɛ mumfi Onyankopɔn mu no nti na muntie nʼasɛm no.”\wj* \s1 Yesu Ne Abraham \p \v 48 Yudafo no bisaa Yesu se, “Sɛ yɛka se woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a na yɛboa ana?” \p \v 49 Yesu buae se, \wj “Minni honhommɔne. Midi mʼAgya ni na mo de, munni no ni.\wj* \v 50 \wj Memmpere nhwehwɛ anuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na odi ma me.\wj* \v 51 \wj Meka nokware pefee kyerɛ mo se, obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.”\wj* \p \v 52 Yudafo no nso ka kyerɛɛ no se, “Afei na yɛahu ampa sɛ wowɔ honhommɔne! Abraham wui. Adiyifo no nso wuwui. Nanso wo de, woka se, ‘Obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.’ \v 53 Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Abraham ana? Owui; saa ara nso na adiyifo no wuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?” \p \v 54 Yesu buaa wɔn se, \wj “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho anuonyam a, mʼanuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka se ɔyɛ mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me anuonyam.\wj* \v 55 \wj Mo de, munnim no, nanso me de, minim no. Sɛ meka sɛ minnim no a na meyɛ ɔtorofo sɛ mo ara. Minim no na madi nʼasɛm nso so.\wj* \v 56 \wj Mo agya Abraham ani gyee sɛ obehu me ba a mɛba no. Ohui na nʼani gyei.”\wj* \p \v 57 Yudafo no nso bisaa no se, “Wunnii mfe aduonum koraa na woyɛɛ dɛn na wuhuu Abraham?” \p \v 58 Yesu buae se, \wj “Mereka nokware pefee akyerɛ mo se, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.”\wj* \v 59 Yudafo no tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no, nanso Yesu hintawee. Eyi akyi no, ofii asɔredan no mu hɔ kɔe. \c 9 \s1 Yesu Sa Onifuraefo Bi Yare \p \v 1 Yesu nam no, ohuu aberante bi a wɔwoo no onifuraefo, \v 2 Nʼasuafo no bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, hena na ɔyɛɛ bɔne, saa onifuraefo yi awofo anaa ɔno ankasa, nti na ɛma wɔwoo no onifuraefo yi?” \p \v 3 Yesu buae se, \wj “Ɛnyɛ nʼawofo anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afura. Na mmom nʼani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma.\wj* \v 4 \wj Esiane sɛ adesae nkyɛ ba no nti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ ade sa a obiara ntumi nyɛ adwuma.\wj* \v 5 \wj Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no.”\wj* \p \v 6 Ɔkaa saa no ɔtee ntasu guu fam de fɔtɔw dɔte na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so. \v 7 Na ɔka kyerɛɛ no se, \wj “Kɔ ɔtare Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim.”\wj*\f + \fr 9.7 \fr*\ft Siloa nkyerɛase ne “Somaa”.\ft*\f* Onifuraefo yi kɔ kɔhohoroo nʼanim san bae a, afei de ohu ade. \p \v 8 Onifuraefo no afipamfo a wohuu no sɛ ɔte kwan ho srɛsrɛ ade no huu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛnyɛ aberante a na ɔsrɛsrɛ ade no ni?” \p \v 9 Ebinom kae se, “Ɛyɛ ɔno,” na afoforo nso kae se, “Dabi, ɛnyɛ ɔno na mmom sɛ na ɔsɛ no.” \p Aberante yi kae se, “Ɛyɛ me.” \p \v 10 Nnipa no bisaa no se, “Ɛyɛɛ dɛn na afei wuhu ade yi?” \p \v 11 Obuaa wɔn se, “Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu no fɔtɔw dɔte na ɔde sraa mʼani so na ɔka kyerɛɛ me se, ‘Kɔ ɔtare Siloa mu na kɔhohoro wʼanim’. Mekɔ kɔhohoroo mʼanim wiee ara pɛ na mihuu ade.” \p \v 12 Wɔsan bisaa no bio se, “Saa Yesu no wɔ he?” \p Obuaa wɔn se, “Minnim.” \s1 Farisifo Nsɛmmisa Wɔ Ayaresa No Ho \p \v 13 Wɔde aberante a na nʼani afura no brɛɛ Farisifo no. \v 14 Da a Yesu saa onifuraefo no yare no yɛ homeda. \v 15 Farisifo no nso bisaa aberante no sɛnea ɛyɛe a afei de ohuu ade. Aberante no kaa sɛnea Yesu de dɔte a wafɔtɔw sraa nʼani so na ɔkɔhohoro ma ohuu ade no kyerɛɛ wɔn. \p \v 16 Farisifo no mu bi kae se, “Onipa a ɔyɛɛ saa ade yi mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ onni homeda mmara no so.” \p Afoforo nso kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdebɔneyɛni a ɔte sɛɛ yi betumi ayɛ saa anwonwadwuma yi?” Saa akyinnye yi maa mpaapaemu baa wɔn mu. \p \v 17 Afei Farisifo yi san bisaa aberante no se, “Wo na wuse ɔma wuhuu ade, dɛn asɛm na woka fa ne ho?” \p Aberante yi buae se, “Migye di sɛ ɔyɛ odiyifo a ofi Onyankopɔn nkyɛn.” \p \v 18 Yudafo no annye anni ara da sɛ, na saa aberante no yɛ onifuraefo a afei de ohu ade, kosi sɛ wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ nʼawofo bae, \v 19 ma wobisaa wɔn se, “Mo ba ni ana? Mokyerɛ sɛ mowoo no no, na ɔyɛ onifuraefo ana? Ɛyɛɛ dɛn na afei de ohu ade yi?” \p \v 20 Nʼawofo no buae se, “Yegye to mu sɛ ɔyɛ yɛn ba, na yɛwoo no no nso, na ɔyɛ onifuraefo. \v 21 Nanso yennim nea enti a afei de ohu ade yi. Saa ara nso na yennim onipa ko a ɔma ohuu ade no. Ɔno ara ni, nʼani nso afi a obetumi akasa ama ne ho nti mummisa no.” \v 22 Nea ɛmaa nʼawofo no kaa saa ne sɛ, na wosuro Yudafo mpanyimfo no a wɔaka se, obiara a ɔbɛka se Yesu ne Agyenkwa no no, wɔbɛpam no afi asɔredan no mu hɔ no. \v 23 Eyi nti na nʼawofo no kae se, “Nʼani afi a obetumi akasa ama ne ho enti mummisa no” no. \p \v 24 Wɔsan frɛɛ aberante a na ɔyɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Hyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu se, asɛm a yɛrebebisa wo yi wubedi nokware. Yenim sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛni.” \p \v 25 Aberante no buaa wɔn se, “Me de, sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni o, sɛ nso ɔyɛ onipa pa o, ɛno de, minnim. Nea minim ara ne sɛ kan no na meyɛ onifuraefo na afei de mihu ade.” \p \v 26 Wobisaa no bio se, “Dɛn na ɔyɛɛ wo ma wuhuu ade?” \p \v 27 Aberante no de abufuw buaa wɔn se, “Maka nokware no akyerɛ mo, nanso moantie. Dɛn bio na mopɛ sɛ meka kyerɛ mo? Anaasɛ mo nso mopɛ sɛ mobɛyɛ nʼasuafo?” \p \v 28 Mpanyimfo no yeyaw no san kae se, “Wo mmom na woyɛ saa akoa no suani; na yɛn de, yɛyɛ Mose asuafo. \v 29 Yenim pefee sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose nanso saa Yesu yi de, yennim faako a ofi mpo!” \p \v 30 Aberante yi ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Ɛyɛ me nwonwa yiye sɛ obi a otumi ma onifuraefo hu ade no mutumi ka se munnim faako a ofi. \v 31 Yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo asɛm; na mmom otie nnipa a wodi no ni na wɔyɛ nʼapɛde no. \v 32 Efi adebɔ mfiase, yɛntee da sɛ obi ama onifuraefo ahu ade; \v 33 sɛ ɔbarima yi mfi Onyankopɔn hɔ a anka ɔrentumi nyɛ anwonwade a ɛte sɛɛ.” \p \v 34 Mpanyimfo no nso de abufuw buaa no se, “Ɔdebɔneyɛni te sɛ wo na wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn?” Wosunsum no fii asɔredan no mu hɔ. \s1 Honhom Mu Anifurae \p \v 35 Yesu tee sɛ wɔasunsum aberante no afi asɔredan no mu hɔ no, ɔhwehwɛɛ no bisaa no se, \wj “Wugye Onipa Ba no di ana?”\wj* \p \v 36 Aberante no buaa no se, “Me wura, kyerɛ me saa Onipa Ba no sɛnea ɛbɛyɛ a megye no adi!” \p \v 37 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Woahu no dedaw; ɔno na ɔne wo rekasa yi.”\wj* \p \v 38 Aberante no de anigye kae se, “Awurade, migye di.” Afei ɔkotow Yesu. \p \v 39 Yesu kae se, \wj “Mebaa wiase ha sɛ merebebu atɛn, na mama wɔn a wɔyɛ anifuraefo no ahu ade, na makyerɛ wɔn a wogye di sɛ wohu ade no sɛ, wɔyɛ anifuraefo.”\wj* \p \v 40 Farisifo a na wogyinagyina hɔ no bisaa no se, “Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ yɛyɛ anifuraefo ana?” \p \v 41 Yesu buaa wɔn se. \wj “Sɛ mugye to mu sɛ moyɛ anifuraefo a, ɛno de anka munnni nea maka no ho fɔ. Esiane sɛ mugye to mu sɛ muhu ade nti motena afɔbu mu.”\wj* \c 10 \s1 Oguanhwɛfo Pa No \p \v 1 \wj “Mereka nokware akyerɛ mo Farisifo no se, onipa biara a ɔmfa nguankuw kwan ano na ɔfa ɔkwan foforo so foro kɔ mu no yɛ owifo.\wj* \v 2 \wj Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no.\wj* \v 3 \wj Ɔpon no anohwɛfo no bue ɔpon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi.\wj* \v 4 \wj Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne.\wj* \v 5 \wj Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a wɔremma, efisɛ wɔnte ne nne.”\wj* \v 6 Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase. \p \v 7 Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, \wj “Mereka nokware akyerɛ mo se mene nguannan no ano pon no.\wj* \v 8 \wj Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi.\wj* \v 9 \wj Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; wobewura mu asan afi adi na wobenya adidibea.\wj* \v 10 \wj Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛ ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu.\wj* \p \v 11 \wj “Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan.\wj* \v 12 \wj Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura; ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a oguan gyaw nguan no hɔ, na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ ahwete.\wj* \v 13 \wj Ɔpaani no guan, efisɛ wɔabɔ no paa na nguan no yiyedi mfa ne ho.\wj* \p \v 14 \wj “Mene oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me,\wj* \v 15 \wj sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no.\wj* \v 16 \wj Nguan afoforo bi wɔ hɔ a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho ɛ. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so.\wj* \v 17 \wj Agya no dɔ me efisɛ masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio.\wj* \v 18 \wj Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”\wj* \p \v 19 Asɛm a Yesu kae no nti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafo no mu. \v 20 Wɔn mu pii kae se, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?” \p \v 21 Afoforo nso kae se, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne betumi ama onifuraefo ahu ade?” \s1 Yudafo Nnye Yesu Nni \p \v 22 Awɔw bere bi mu a Asɔredandwira duu wɔ Yerusalem no, \v 23 Yesu kɔpasee wɔ asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ hɔ se Salomo Abrannaa so. \v 24 Yudafo no betwaa ne ho hyia kae se, “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.” \p \v 25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi so yɛ no di me ho adanse,\wj* \v 26 \wj nanso munnnye nni, efisɛ monyɛ me nguan.\wj* \v 27 \wj Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi.\wj* \v 28 \wj Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam.\wj* \v 29 \wj MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam.\wj* \v 30 \wj Me ne Agya no yɛ baako.”\wj* \p \v 31 Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no. \v 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?”\wj* \p \v 33 Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa desani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!” \p \v 34 Yesu buaa wɔn se, \wj “Wɔakyerɛw wɔ mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, ‘Moyɛ anyame.’\wj* \v 35 \wj Ɛno nti sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se ‘anyame’ a,\wj* \v 36 \wj adɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, ‘mene Onyankopɔn Ba no’ a muse waka abususɛm?\wj* \v 37 \wj Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no de a ɛno de, munnnye me nni.\wj* \v 38 \wj Nanso sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ munnnye me nni mpo a munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.”\wj* \v 39 Nkurɔfo no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi. \p \v 40 Yesu san twa kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ. \v 41 Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, “Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokware.” \v 42 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no dii. \c 11 \s1 Lasaro Wu \p \v 1 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree. \v 2 Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinwi pepae no. \v 3 Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo dɔfo no yare.” \p \v 4 Yesu tee nkra no ɔkae se, \wj “Ɛnyɛ saa ɔyare yi na ebekum Lasaro. Mmom Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa ɔyare yi so hyɛ ne ho anuonyam, na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”\wj* \v 5 Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye. \v 6 Bere a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare denneennen no wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa hɔ nnaanu. \v 7 Afei ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Momma yɛnsan nkɔ Yudea.”\wj* \p \v 8 Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛɛ sɛ wosiw wo abo na afei wuse yɛnsan nkɔ hɔ bio yi?” \p \v 9 Yesu kae se, \wj “Nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa ana? Ɛno nti sɛ obi nam hann mu a ɔrenhintiw, efisɛ ɔnam wiase hann mu.\wj* \v 10 \wj Nanso sɛ ɔnam anadwo sum mu a obehintiw, efisɛ ɔnam sum mu.”\wj* \p \v 11 Yesu san kae se, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no.” \p \v 12 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, sɛ wada de a ɛno de, na ne ho bɛtɔ no.” \v 13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw sɛ nna ara na wada. \p \v 14 Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, \wj “Lasaro awu;\wj* \v 15 \wj nanso mo nti ɛyɛ me anigye sɛ na minni hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”\wj* \p \v 16 Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no se, “Momma yɛne Kyerɛkyerɛfo no nyinaa nkɔ na yɛne no nkowu.” \s1 Lasaro Wu Ne Ne Sie \p \v 17 Yesu duu Betania no na Lasaro awu ama wɔasie no ma adi nnaanan. \v 18 Efi Betania rekɔ Yerusalem no nnu akwansin abien, \v 19 na saa bere no na Yudafo bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebegyam wɔn wɔ wɔn nua no wu no ho. \v 20 Marta tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no, na Maria de, ɔtenaa fie. \p \v 21 Marta ka kyerɛɛ Yesu se, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu! \v 22 Minim mpo sɛ saa bere yi mu biribiara a wubebisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no ɔbɛyɛ.” \p \v 23 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Wo nua no bɛsan anya nkwa bio.”\wj* \p \v 24 Marta buaa no se, “Awurade, minim sɛ owusɔre da no ɔno nso bɛsɔre.” \p \v 25 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa.\wj* \v 26 \wj Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?”\wj* \p \v 27 Marta buae se, “Awurade, migye midi. Migye di sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.” \s1 Yesu Su Lasaro \p \v 28 Marta kaa saa asɛm yi wiee no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kokoa mu ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo no aba na wabisa wo ase.” \v 29 Maria tee saa asɛm yi no ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa Yesu. \v 30 Saa bere no na Yesu mmeduu akuraa no ase hɔ ɛ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. \v 31 Bere a Yudafo a wɔne Maria wɔ fie hɔ regyam no no huu sɛ wasɔre mpofirim refi adi no wodii nʼakyi, efisɛ na wosusuw sɛ ɔrekɔ da no so akosu. \p \v 32 Maria duu faako a Yesu wɔ no, ɔkotow ne nan ase kae se, “Ao Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu.” \p \v 33 Yesu huu sɛ Maria ne Yudafo a wɔka ne ho no resu no, ɛhaw no yiye na ne werɛ howee. \v 34 Obisaa wɔn se, \wj “Ɛhe na musiee no?”\wj* \p Wobuaa no se, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.” \p \v 35 Yesu sui. \p \v 36 Yudafo no huu sɛ ɔresu no wɔkae se, “Eyi kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.” \p \v 37 Wɔn mu bi kae se, “Onipa a ɔmaa onifuraefo huu ade no munnnye nni sɛ anka obetumi agye Lasaro nkwa ana?” \s1 Yesu Nyan Lasaro Fi Awufo Mu \p \v 38 Asɛm a nkurɔfo no kaa no maa Yesu werɛ howee. Afei ɔkɔɔ ɔda a wɔde ɔbo ahini ano no so. \v 39 Yesu hyɛɛ wɔn se, \wj “Munyi ɔbo a ehini ɔda no ano no.”\wj* \p Marta a ɔyɛ owufo no nuabea no kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ nnaanan ni a wosiee no nti saa bere yi de, ɔbɔn.” \p \v 40 Yesu ka kyerɛɛ Marta se, \wj “Manka ankyerɛ wo se sɛ wugye di a wubehu Onyankopɔn anuonyam?”\wj* \p \v 41 Woyii ɔbo no fii ɔda no ano. Afei Yesu hwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpae se, \wj “Agya, meda wo ase sɛ wutie me.\wj* \v 42 \wj Minim sɛ wutie me daa nyinaa nanso esiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.”\wj* \p \v 43 Ɔkaa eyi wiee no, ɔteɛɛ mu dennen se, \wj “Lasaro, sɔre bra!”\wj* \v 44 Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. \p Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.”\wj* \s1 Yudafo Bɔ Yesu Ho Pɔw \p \v 45 Yudafo a wɔbɛsraa Maria na wohuu nea Yesu yɛe no mu bebree gyee no dii. \v 46 Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifo no hɔ kɔkaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ wɔn. \p \v 47 Enti Farisifo no ne asɔfo mpanyin no hyiaa baguafo no kae se, “Dɛn na yɛreyɛ? Monhwɛ anwonwade a saa onipa yi reyɛ! \v 48 Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ nea ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa begye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a Roma aban bebisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.” \p \v 49 Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfopanyin no kae se, “Mo de munnim hwee! \v 50 Munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama nnipa no nyinaa sen sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?” \p \v 51 Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanyin saa bere no nti na ɔhyɛɛ nkɔm se, “Yesu bewu de agye mo nkwa,” \v 52 na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa na wɔayɛ ɔman baako. \v 53 Efi saa bere no, Yudafo mpanyin no faa adwene sɛ wobekum Yesu. \p \v 54 Eyi nti Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ofii hɔ kɔɔ sare so kurow bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafo no kɔtenaa hɔ. \p \v 55 Na Yudafo Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fii wɔn nkuraa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. \v 56 Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no. Ɛno nti woduu asɔredan mu hɔ no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Mugye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi ana?” Ebinom kae se, “Yennye nni.” \v 57 Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim faako a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no. \c 12 \s1 Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania \p \v 1 Aka nnansia na Twam Afahyɛ no adu no, Yesu kɔɔ Betania, kurow a na Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no te mu no mu. \v 2 Wɔtoo Yesu pon. Marta na ɔsomee wɔ saa aponto yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɔpon no ho. \v 3 Wɔredidi no, Maria faa ngohuam bi a ne bo yɛ den behwie guu Yesu nan ase de ne tinwi pepae. Ngo no hua gyee fie hɔ nyinaa. \p \v 4 Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo no mu baako a akyiri no obeyi Yesu ama no ani annye nea ɔbea yi yɛe no ho, \v 5 enti ɔkae se, “Adɛn nti na woantɔn saa ngohuam yi na yɛamfa sika no amma ahiafo?” \v 6 Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi. \p \v 7 Yesu kae se, \wj “Munnyaa ɔbea yi haw! Nea ɔbea yi ayɛ yi, ɔde asiesie me ama me wu.\wj* \v 8 \wj Mo ne ahiafo na ɛwɔ hɔ bere biara, na me de, me ne mo rentena hɔ daa.”\wj* \p \v 9 Bere a Yudafo no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko nti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no nso. \v 10 Afei, asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso, \v 11 efisɛ esiane Lasaro wusɔre no nti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afi Yudafo mpanyin no ho abedi Yesu akyi. \s1 Yesu Hyɛn Yerusalem Sɛ Ɔhene \p \v 12 Ade kyee no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, \v 13 wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛ mu se, \q1 “Hosiana!” \b \q1 “Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no!” \b \q1 “Nhyira nka Israelhene!” \m \v 14 Yesu rekɔ no, na ɔte afurum ba bi so sɛnea Kyerɛwsɛm hyɛɛ ho nkɔm se, \q1 \v 15 “Nsuro, Ɔbabea Sion! \q2 Hwɛ sɛ wo hene te afurum ba so \q2 reba wo nkyɛn.” \p \v 16 Mfiase no, asuafo no ante eyinom nyinaa ase kosii sɛ wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no ansa na wɔrekae se, Kyerɛwsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dedaw, na ɛno ara ne nea wɔayɛ no. \p \v 17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wohuu sɛ Yesu nyan Lasaro fii awufo mu no kaa asɛm a esii no kyerɛɛ afoforo. \v 18 Eyi nti na nnipa bebree kɔɔ se wɔrekohyia Yesu kwan no, efisɛ na wɔate sɛ wayɛ anwonwade. \v 19 Farisifo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkae se, “Anyɛ yiye! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!” \s1 Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm \p \v 20 Afahyɛbere no mu no, Helafo bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom. \v 21 Wɔkɔɔ Filipo a ofi Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.” \v 22 Filipo kɔbɔɔ Andrea amanneɛ ma wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu. \p \v 23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Bere no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.\wj* \v 24 \wj Mereka nokware akyerɛ mo se, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔw na amfifi a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔw na efifi a, ɛsow aba pii.\wj* \v 25 \wj Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na nea ɔnnɔ ne kra no benya nkwa a enni awiei.\wj* \v 26 \wj Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ odi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfo nso wɔ hɔ bi.”\wj* \p \v 27 Yesu kae se, \wj “Afei de, me kra ho yeraw no na asɛm bɛn na menka? Menka se, ‘Agya, gye me fi saa amanehunu yi mu ana?’ Nanso, eyi nti na wosomaa me baa wiase sɛ mimmehu amane.\wj* \v 28 \wj Agya, hyɛ wo din anuonyam!”\wj* \p Ɔkasa wiee no, nne bi fi ɔsoro kae se, “Mahyɛ no anuonyam dedaw na mɛsan mahyɛ no bio.” \v 29 Nnipakuw a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkae se aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kae se, ɔsoro ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no. \p \v 30 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mo nti na saa nne yi kasae na ɛnyɛ me nti.\wj* \v 31 \wj Afei, bere adu sɛ wobu wiase atɛn na wotu ɔbonsam a odi wiase so no gu.\wj* \v 32 \wj Sɛ wonya ma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.”\wj* \v 33 Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a obewu no. \p \v 34 Nnipa no kae se, “Kyerɛwsɛm no di adanse sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn nti na woka kyerɛ yɛn se, \wj ‘Ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so’.\wj* Hena ne saa Onipa Ba no?” \p \v 35 Yesu buaa wɔn se, \wj “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmere tiaa bi mu. Ɛno nti, monnantew mu bere a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na sum aduru; anyɛ saa a morenhu kwan.\wj* \v 36 \wj Bere a mowɔ hann mu yi, munnye hann no nni na moayɛ hann no mma.”\wj* Yesu kaa nsɛm yi wiee no, ofii hɔ de ne ho kohintawee. \s1 Yudafo Gu So Gye Akyinnye \p \v 37 Ɛwɔ mu sɛ na Yesu ayɛ anwonwade ahorow ama Yudafo no ahu de, nanso na wonnye no nni ara. \v 38 Eyi ne Odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae se, \q1 “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi? \q2 Na hena nso na Awurade wʼanwonwadwuma no ada adi akyerɛ no?” \p \v 39 Yudafo no annye anni efisɛ, na Odiyifo Yesaia asan aka se, \q1 \v 40 “Onyankopɔn afura wɔn ani, \q2 na wapirim wɔn koma, \q1 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnan \q2 mma me nkyɛn na masa wɔn yare.” \m \v 41 Yesaia kaa eyi faa Yesu anuonyam a daakye obenya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho. \p \v 42 Mpo, na Yudafo mpanyimfo no mu pii gye Yesu di, nanso na wosuro sɛ, sɛ Farisifo no hu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio. \v 43 Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sen sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn anuonyam. \p \v 44 Yesu teɛɛ mu se, \wj “Obiara a ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na ogye nea ɔsomaa me no nso di.\wj* \v 45 \wj Na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no nso.\wj* \v 46 \wj Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no ankɔ so antena sum mu.\wj* \p \v 47 \wj “Obiara a ɔte mʼasɛm na onni so no, meremmu no atɛn. Efisɛ mamma sɛ merebebu nnipa atɛn, na mmom, mebae sɛ merebegye wɔn nkwa.\wj* \v 48 \wj Obiara a ɔpo me na onnye mʼasɛm nni no, otemmufo bi wɔ hɔ a obebu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na atemmuda no ebebu mo atɛn.\wj* \v 49 \wj Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ nea Agya no ka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ mo no.\wj* \v 50 \wj Minim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a enni awiei mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!”\wj* \c 13 \s1 Yesu Hohoro Nʼasuafo Anan Ase \p \v 1 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu no, Yesu huu sɛ afei bere aso sɛ ofi wiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifo, na ɔdɔɔ wɔn kosii sɛ owui. \p \v 2 Bere a na Yesu ne nʼasuafo te adidii no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ onyi Yesu mma. \v 3 Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofi Onyankopɔn nkyɛn na ɔbae, na ɔresan akɔ ne nkyɛn. \v 4 Yesu sɔre fii didipon no ho, yii nʼatade nguguso guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasen. \v 5 Ohwiee nsu guu guasɛn bi mu na ofii ase hohoroo asuafo no anan ase de mpepaho no pepae. \p \v 6 Bere a Yesu duu Simon Petro so no, Petro bisaa no se. “Awurade, worebɛhohoro me nan ase ana?” \p \v 7 Yesu buaa no se, \wj “Nea mereyɛ yi, worente ase mprempren, nanso akyiri no wobɛte ase.”\wj* \p \v 8 Petro ampene asɛm a ɔkae no so kae se, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro mʼanan ase.” \p Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Sɛ manhohoro wʼanan ase a na wonka me ho.”\wj* \p \v 9 Simon Petro kae se, “Awurade, ɛno de na ɛnyɛ mʼanan ase nko, na mmom me nsa ho ne me tirim nso ka ho.” \p \v 10 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Obiara a waguare no aguaree ho nhia no bio gye nʼanan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne nipadua no de, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho afi, gye mo mu baako pɛ.”\wj* \v 11 Na Yesu nim onipa ko a ɔrebeyi no ama no, ɛno nti na ɔkae se ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho afi no. \p \v 12 Yesu hohoroo wɔn anan ase wiei no, ɔfaa nʼatade nguguso no hyɛe, san kɔtenaa didipon no ho. Afei obisaa nʼasuafo no se, \wj “Mote nea mayɛ yi ase ana?\wj* \v 13 \wj Mofrɛ me ‘Kyerɛkyerɛfo’ ne ‘Awurade’ a mudi me frɛ; efisɛ ɛno ne nea meyɛ.\wj* \v 14 \wj Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Kyerɛkyerɛfo no mpo ahohoro mʼanan ase a ɛno de, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho anan ase.\wj* \v 15 \wj Mayɛ eyi de ayɛ nhwɛso ama mo sɛnea mo nso mobɛyɛ saa ara.\wj* \v 16 \wj Mereka nokware akyerɛ mo se, akoa nsen ne wura; saa ara na ɔsomafo nso nsen nea ɔsomaa no no.\wj* \v 17 \wj Afei a moate nea meyɛe no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a mubenya nhyira.\wj* \p \v 18 \wj “Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, minim wɔn a mayi wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no beyi me ama’ no ba mu.\wj* \p \v 19 \wj “Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi.\wj* \v 20 \wj Mereka nokware akyerɛ mo se, obiara a obegye nea masoma no no gye me nso, na obiara a ogye me nso no gye nea ɔsomaa me no.”\wj* \s1 Yesu Hyɛ Nea Obeyi No Ama Ho Nkɔm \p \v 21 Yesu kaa eyinom nyinaa wiei no, ne ho yeraw no ma ɔpaee mu kae se, \wj “Mereka nokware akyerɛ mo, mo mu baako beyi me ama!”\wj* \p \v 22 Asuafo no de ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ sɛ wohu nea ɔde no no. \v 23 Na asuafo no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ. \v 24 Simon Petro buu nʼani se, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.” \p \v 25 Ɛno nti saa osuani no twiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, ɛyɛ hena?” \p \v 26 Yesu buae se, “Nea mede brodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na obeyi me ama.” Na ɔde brodo bɔɔ mu maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no. \v 27 Bere a Yuda gyee brodo no pɛ, na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu. \p Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Nea wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!”\wj* \v 28 Wɔn a na wɔte adidii no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase. \v 29 Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na wosusuw sɛ Yesu reka akyerɛ no se ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafo biribi. \v 30 Yuda gyee brodo no pɛ na ofii adi; saa bere no na ɛyɛ anadwo. \s1 Ahyɛde Foforo \p \v 31 Yuda fii adi kɔe akyi no, Yesu kae se, \wj “Afei na Onipa Ba no anuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanuonyam adi.\wj* \v 32 \wj Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn anuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no anuonyam adi. Ɔbɛyɛ eyi ntɛm so.\wj* \p \v 33 \wj “Me mma, ɛrenkyɛ biara na megyaw mo hɔ. Sɛnea meka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no, mobɛhwehwɛ me nanso morentumi mma faako a merekɔ hɔ no.\wj* \p \v 34 \wj “Ahyɛde foforo na mede regyaw mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no.\wj* \v 35 \wj Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a obiara behu sɛ moyɛ mʼasuafo.’ ”\wj* \s1 Yesu Hyɛ Petro Ho Nkɔm \p \v 36 Simon Petro bisaa Yesu se “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no se, “Faako a merekɔ no de, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.” \p \v 37 Petro bisaa no se, “Awurade, adɛn nti na merentumi nni wʼakyi saa bere yi? Ɛyɛ owu mpo a, mewu ama wo.” \p \v 38 Yesu bisaa no se, \wj “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wubewu ama me ana? Mereka nokware akyerɛ wo se, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”\wj* \c 14 \s1 Yesu Ne Ɔkwan No \p \v 1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, \wj “Mommma mo koma ntu. Munnye Onyankopɔn nni na munnye me nso nni.\wj* \v 2 \wj Tenabea bebree wɔ mʼAgya fi, ɛno nti merekɔ akosiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokware a anka merenka nkyerɛ mo.\wj* \v 3 \wj Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi ma mo a, mɛsan aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.\wj* \v 4 \wj Munim faako a merekɔ no ne ɔkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”\wj* \p \v 5 Toma bisaa no se, “Awurade yennim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahu ɔkwan aba hɔ bi?” \p \v 6 Yesu buae se, \wj “Mene ɔkwan ne nokware ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.”\wj* \v 7 Yesu kaa bio se, \wj “Afei a moahu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mubehu mʼAgya no, na efi saa bere yi munim no, efisɛ moahu no!”\wj* \p \v 8 Filipo bisaa no se, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, efisɛ nea yɛrehwehwɛ ara ne no.” \p \v 9 Yesu buaa no se, \wj “Filipo, enti me ne mo nantewee dedaada yi, wunnim onipa ko a meyɛ? Obiara a onim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn nti na woka se, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no?\wj* \v 10 \wj Filipo wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu ana? Yesu san ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfi mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma.\wj* \v 11 \wj Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ munnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no nti, munnye nni.\wj* \v 12 \wj Mereka nokware akyerɛ mo, obiara a ogye me di no bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛse, efisɛ merekɔ mʼAgya no nkyɛn.\wj* \v 13 \wj Na biribiara a mubebisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a Agya no anuonyam nam ne Ba no so bɛda adi.\wj* \v 14 \wj Biribiara a mode me din bebisa no, mɛyɛ ama mo.”\wj* \s1 Honhom Kronkron Ho Bɔhyɛ \p \v 15 \wj “Sɛ modɔ me a munni mʼahyɛde so.\wj* \v 16 \wj Mebisa Agya no na wama mo ɔboafo foforo a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokware nyinaa adi no na ɔne mo atena daa.\wj* \v 17 \wj Wiase rentumi nnye no, efisɛ wonhu no, na wonnim no. Nanso mo de, munim no, efisɛ ɔne mo na ɛte.\wj* \v 18 \wj Merennyaw mo sɛ ayisaa; mɛsan aba mo nkyɛn bio.\wj* \v 19 \wj Ɛrenkyɛ biara nnipa renhu me bio, nanso mo de, mubehu me; na esiane sɛ mete ase no nti mo nso mobɛtena ase.\wj* \v 20 \wj Na da a mɛsɔre afi awufo mu no du a, mubehu sɛ mewɔ mʼAgya no mu na mo nso mowɔ me mu, sɛnea me nso mewɔ mo mu no.\wj* \v 21 \wj Obiara a odi mʼahyɛde so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”\wj* \p \v 22 Yuda a ɛnyɛ Iskariot no, kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?” \p \v 23 Yesu buaa no se, \wj “Obiara a ɔdɔ me no bedi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.\wj* \v 24 \wj Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom efi mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.\wj* \p \v 25 \wj “Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo.\wj* \v 26 \wj Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafo a Agya no bɛsoma no wɔ me din mu no bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.\wj* \v 27 \wj Asomdwoe na mede regyaw mo; mʼasomdwoe na mede regyaw mo. Ɛnyɛ wiase asomdwoe na mede regyaw mo. Mommma mo koma ntu; na munnsuro nso.\wj* \p \v 28 \wj “Motee sɛ mekae se, ‘Merekɔ nanso mɛsan aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani begye, efisɛ afei de, metumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sen me no nkyɛn.\wj* \v 29 \wj Maka eyinom akyerɛ mo sɛnea ɛba mu a mubegye me adi.\wj* \v 30 \wj Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, efisɛ ɔbonsam no reba, nanso onni me so tumi.\wj* \v 31 \wj Na ɛsɛ sɛ nnipa hu sɛ medɔ Agya no, ɛno nti na asɛm biara a ɔbɛka no meyɛ no.\wj* \p \wj “Afei mommra mma yɛnkɔ.”\wj* \c 15 \s1 Nokware Bobe No \p \v 1 \wj “Mene nokware bobe no, na mʼAgya ne okuafo no.\wj* \v 2 \wj Dua mman biara a ɛnsow aba no otwa kyene, na dua mman biara a ɛsow no, oyiyi ho na asow aba bebree.\wj* \v 3 \wj Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho afi dedaw.\wj* \v 4 \wj Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua mman biara ankasa rentumi nsow aba gye sɛ ɛfam ne dutan no ho. Saa ara nso na morentumi nsow aba gye sɛ mote me mu.\wj* \p \v 5 \wj “Mene bobe no; na mo ne dua mman no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛsow aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.\wj* \v 6 \wj Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua mman a wɔatwa atow akyene a so nni mfaso; ɛwo a wɔboaboa ano de gu ogya mu hyew.\wj* \v 7 \wj Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛno de, biribiara a mopɛ a mubebisa no wɔde bɛma mo.\wj* \v 8 \wj Wɔn a wɔyɛ mʼasuafo nokware mu no sow aba bebree de hyɛ mʼAgya anuonyam.\wj* \p \v 9 \wj “Sɛnea Agya no dɔ me no, saa ara na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu.\wj* \v 10 \wj Sɛ mudi mʼahyɛde so a mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi mʼAgya ahyɛde so na ɛno nti ɔda so dɔ me no.\wj* \v 11 \wj Maka eyinom nyinaa akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya mʼanigye no bi na ama mo anigye awie pɛyɛ.\wj* \v 12 \wj Mʼahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no.\wj* \v 13 \wj Ɔdɔ biara nsen sɛ obi bewu ama ne nnamfonom.\wj* \v 14 \wj Sɛ mudi nea mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a na moyɛ me nnamfonom.\wj* \v 15 \wj Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, efisɛ maka biribiara a mete fii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.\wj* \v 16 \wj Ɛnyɛ mo na mpaw me; me na mepaw mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monsow aba; aba a ɛbɛtena hɔ daa, Na biribiara a mode me din bebisa no, Agya no de bɛma mo.\wj* \v 17 \wj Eyi ne mʼahyɛde: Monnodɔ mo ho mo ho.\wj* \s1 Wiase Tan Asuafo No \p \v 18 \wj “Sɛ wiase tan mo a, monkae sɛ me na ɛtan me kan ansa na ɛretan mo.\wj* \v 19 \wj Sɛ mote ase ma wiase a ɛno de wiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso miyii mo fii wiasefo mu; ɛno nti monyɛ wiasefo bio; eyi nti na wiasefo tan mo no.\wj* \v 20 \wj Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsen ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso wɔbɛtan mo; sɛ wotie mʼasɛm a meka no a, mo nso wobetie mo.\wj* \v 21 \wj Esiane sɛ moyɛ me dea nti na wɔbɛtaa mo, efisɛ wonnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no.\wj* \v 22 \wj Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei de, wonni wɔn bɔne ho anoyi biara.\wj* \v 23 \wj Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso.\wj* \v 24 \wj Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahu nea meyɛe, nso wɔtan me ne mʼAgya.\wj* \v 25 \wj Ɛsɛ sɛ eyi ba mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka se, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.\wj* \p \v 26 \wj “Mɛsoma ɔboafo a ɔyɛ nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabedi me ho adanse akyerɛ mo.\wj* \v 27 \wj Na mo nso mubedi me ho adanse, efisɛ me ne mo na ɛwɔ hɔ fi mfiase pɛɛ.”\wj* \c 16 \s1 Awerɛhow Ne Anigye Wɔ Yɛn Anim \p \v 1 \wj “Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina pintinn.\wj* \v 2 \wj Wɔbɛpam mo afi wɔn asɔredan mu. Na bere bi bɛba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ, sɛ ɔyɛ saa a na ɔresom Onyankopɔn.\wj* \v 3 \wj Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, efisɛ wonnim Agya no na me nso wonnim me.\wj* \v 4 \wj Nanso mereka eyi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ bere no du a, mobɛkae nea meka kyerɛɛ mo no. Mfiase no manka eyi ankyerɛ mo, efisɛ na meka mo ho.”\wj* \s1 Honhom Kronkron Dwumadi \p \v 5 \wj “Afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso mo mu biara mmisaa me se, ‘Ɛhe na worekɔ?’\wj* \v 6 \wj Nea maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ ahow.\wj* \v 7 \wj Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo sɛ mɛkɔ, efisɛ sɛ mankɔ a ɔboafo no remma mo nkyɛn, nanso sɛ mekɔ a mɛsoma no aba mo nkyɛn.\wj* \v 8 \wj Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiasefo ahu wɔn bɔne ne nea ɛyɛ trenee ne Onyankopɔn atemmu.\wj* \v 9 \wj Nea wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokware, efisɛ wonnye me nni.\wj* \v 10 \wj Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio.\wj* \v 11 \wj Saa ara na nea wɔka fa atemmu ho no nso nyɛ nokware, efisɛ wɔabu wiase yi temmufo no atɛn dedaw.\wj* \p \v 12 \wj “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso mprempren de, morentumi nte ase.\wj* \v 13 \wj Sɛ nokware Honhom no ba a, ɔbɛma moahu nokware no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom nea ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo.\wj* \v 14 \wj Ɔbɛhyɛ me anuonyam, efisɛ obetie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo.\wj* \v 15 \wj Biribiara a mʼAgya wɔ no yɛ me dea. Ɛno nti na mekae se Honhom no betie biribiara a meka kyerɛ no na wabɛka akyerɛ mo no.”\wj* \s1 Asuafo No Awerɛhow Bɛdan Anigye \p \v 16 \wj “Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no ɛrenkyɛ koraa, mubehu me bio.”\wj* \p \v 17 Asuafo no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Eyi ase ne dɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn se, \wj ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsan kaa bio se, ‘Efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn.’ ”\wj* \v 18 Wɔsan bisaa bio se, “Saa asɛm, \wj ‘aka kakra’\wj* yi ase ne dɛn? Yɛnte nea ɔreka yi ase.” \p \v 19 Yesu huu sɛ wɔpɛ sɛ wobisa no asɛm a ɔkae no ase no nti ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mekae se, ‘aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa mubehu me bio.’ Eyi ne asɛm a monte ase a enti morebisabisa mo ho mo ho yi?\wj* \v 20 \wj Mereka nokware akyerɛ mo; mo werɛ bɛhow na moasu, nanso wiasefo ani begye. Mubedi awerɛhow nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.\wj* \v 21 \wj Sɛ ɔbea rebɛwo a, ne werɛ how, efisɛ nʼamanehunu bere adu so, nanso sɛ onya wo a ne werɛ fi ne yaw, efisɛ nʼani gye sɛ wawo onipa aba wiase.\wj* \v 22 \wj Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Mprempren yɛ mo awerɛhow bere, nanso mehu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigye no mfi mo nsam.\wj* \v 23 \wj Sɛ saa da no du a moremmisa me biribiara. Mereka nokware akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bebisa no bɛma mo.\wj* \v 24 \wj Ebesi saa bere yi momfaa me din mmisaa biribiara da. Mummisa na wɔde bɛma mo na mo anigye awie pɛyɛ.\wj* \s1 Wiase So Nkonimdi \p \v 25 \wj “Menam mmebu mu na maka eyinom akyerɛ mo. Nanso bere bi bɛba a merenkasa wɔ mmebu mu bio, na mmom mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no pefee akyerɛ mo.\wj* \v 26 \wj Sɛ saa da no du a mode me din bebisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka se me na mebisa Agya no ama mo,\wj* \v 27 \wj efisɛ Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, efisɛ modɔ me na moagye adi sɛ mifi Onyankopɔn nkyɛn na mebae.\wj* \v 28 \wj Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na afei merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn.”\wj* \p \v 29 Nʼasuafo no ka kyerɛɛ no se, “Afei de, wokasa pefee ma yɛte wo ase. \v 30 Yɛahu sɛ wunim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Eyi ama yɛagye adi sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn.” \p \v 31 Yesu buaa wɔn se. \wj “Afei de, mugye di ana?\wj* \v 32 \wj Bere bi rebedu; na mpo adu dedaw a mo nyinaa bɛbɔ ahwete na obiara akɔ nʼankasa fi na aka me nko. Nanso ɛrenka me nko efisɛ Agya no ka me ho.\wj* \p \v 33 \wj “Maka eyinom akyerɛ mo na moanya asomdwoe wɔ me mu. Mubehu amane wɔ wiase. Nanso munnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!”\wj* \c 17 \s1 Yesu Bɔ Mpae Se Wɔnhyɛ No Anuonyam \p \v 1 Yesu kaa saa nsɛm yi wiee no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpae se, \pm \wj “Agya, bere no adu. Hyɛ wo Ba no anuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo anuonyam.\wj* \v 2 \wj Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a enni awiei.\wj* \v 3 \wj Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!\wj* \v 4 \wj Mawie adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ nam so ada wʼanuonyam adi akyerɛ wɔ asase so.\wj* \v 5 \wj Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na wobɔ wiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.\wj* \pm \v 6 \wj “Mama nnipa a na anka wɔte wiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahu wo. Na wɔyɛ wo de na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm.\wj* \v 7 \wj Afei, wɔahu sɛ biribiara a wode ama me no fi wo nkyɛn.\wj* \v 8 \wj Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wotiei. Wonim sɛ ɛyɛ nokware sɛ mifi wo nkyɛn na mebae. Na wogye di sɛ wo na wosomaa me.\wj* \v 9 \wj Mebɔ mpae ma wɔn. Memmɔ mpae mma wɔn a wonnye wʼasɛm nni, na mmom nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpae ma wɔn, efisɛ wɔyɛ wo de.\wj* \v 10 \wj Biribiara a mewɔ no yɛ wo de na biribiara a wowɔ no nso yɛ me de. Ɛnam eyinom so ama manya anuonyam.\wj* \v 11 \wj Na afei, merefi wiase na magyaw wɔn wɔ akyi aba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛnea wo ne me yɛ baako no.\wj* \v 12 \wj Bere a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara anyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu.\wj* \pm \v 13 \wj “Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa bere a meda so wɔ wiase yi sɛnea ɛbɛyɛ a mʼanigye bɛhyɛ wɔn ma.\wj* \v 14 \wj Mekaa wʼasɛm kyerɛɛ wɔn na wiasefo tan wɔn, efisɛ womfi wiase sɛnea me nso mimfi wiase no.\wj* \v 15 \wj Mimmisa wo sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ bɔ wɔn ho ban fi ɔbonsam nsam.\wj* \v 16 \wj Sɛnea mimfi wiase no, saa ara na wɔn nso mfi wiase.\wj* \v 17 \wj Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛntew wɔn ho mma ɛnyɛ wɔn kronkron.\wj* \v 18 \wj Sɛnea wosomaa me baa wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ wiase.\wj* \v 19 \wj Wɔn nti mede me ho ma wo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo.\wj* \pm \v 20 \wj “Memmɔ mpae mma wɔn nko. Mebɔ mpae ma wɔn a wɔnam asuafo asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso.\wj* \v 21 \wj Mebɔ mpae sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛnea wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara na ma wɔn nso ntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛnea ɛbɛyɛ a, wiase begye adi sɛ wo na wosomaa me.\wj* \v 22 \wj Mede anuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso wɔbɛyɛ baako sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako no.\wj* \v 23 \wj Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.\wj* \pm \v 24 \wj “Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahu mʼanuonyam, anuonyam a wode maa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wobɔɔ wiase.\wj* \pm \v 25 \wj “Agya Kronkron, wiase nnim wo nanso me de, minim wo; na asuafo yi nim sɛ wo na wosomaa me.\wj* \v 26 \wj Mama wɔahu sɛnea wo te, na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso matena wɔn mu bi.”\wj* \c 18 \s1 Wɔkyere Yesu \p \v 1 Yesu bɔɔ saa mpae yi wiei no, ɔne nʼasuafo no fii faako a wɔwɔ no kotwaa asu Kidron kɔɔ turo bi mu. \p \v 2 Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafo no taa kɔ hɔ no nti, na Yuda a oyii no mae no nim hɔ. \v 3 Asɔfo mpanyin ne Farisifo no somaa Yuda ne asraafo ne asɔredan mu awɛmfo a wokurakura akode ne akanea kɔɔ faako a wɔwɔ no. \p \v 4 Yesu a na onim nea ɛbɛba ne so nyinaa no kohyiaa wɔn bisaa wɔn se, \wj “Hena na mohwehwɛ no?”\wj* \p \v 5 Wobuaa no se, “Yesu a ofi Nasaret no.” \p Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Me ni!”\wj* Na Yuda a oyii no maa no gyina hɔ bi. \v 6 Yesu kae se, \wj “Me ni”\wj* no, wopinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase. \p \v 7 Ɔsan bisaa wɔn bio se, \wj “Morehwehwɛ hena?”\wj* \p Na wobuae se, “Yesu a ofi Nasaret no.” \p \v 8 Yesu buaa wɔn se, \wj “Maka akyerɛ mo dedaw se me ni. Sɛ me na morehwehwɛ me de a, ɛno de, momma mʼasuafo no nkɔ.”\wj* \v 9 Ɔkaa eyi nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka se, \wj “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyerae”\wj* no bɛba mu. \p \v 10 Saa bere no Petro a na okura afoa no twe de twaa ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko. \p \v 11 Yesu ka kyerɛɛ Petro se, \wj “Fa wʼafoa no san hyɛ faako a wotwe fii. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano ana?”\wj* \s1 Yesu Gyina Anas Anim \p \v 12 Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, \v 13 de no dii kan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no. \v 14 Kaiafa na otuu Yudafo no fo se, eye sɛ onipa baako bewu ama ɔman no. \s1 Petro Pa Yesu \p \v 15 Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanyin no nim no yiye. Saa osuani no na onyaa kwan kɔɔ ɔsɔfopanyin no fi hɔ. \v 16 Petro de, ɔkaa ɔpon no akyi. Saa osuani a na onim ɔsɔfopanyin no yiye no san bae, ne abaawa a na ɔhwɛ ɔpon no ano no bɛkasa maa Petro nyaa kwan kɔɔ mu. \p \v 17 Abaawa a ogyina ɔpon ano no bisaa Petro se, “Wonyɛ saa onipa no asuafo no mu baako ana?” \p Petro buae se, “Dabi.” \p \v 18 Saa bere no na ɛyɛ awɔwbere, enti na asomfo no ne asraafo no asɔ gya a wɔreto. Petro nso kogyinaa hɔ too gya no bi. \s1 Ɔsɔfopanyin No Bisa Yesu Nsɛm \p \v 19 Ɔsɔfopanyin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafo no ne ne nkyerɛkyerɛ ho. \p \v 20 Yesu buae se, \wj “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ gua mu na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kokoa mu.\wj* \v 21 \wj Adɛn nti na wubisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wotiee me no. Wɔn na wonim asɛm a mekae.”\wj* \p \v 22 Yesu kaa saa no, awɛmfo no mu baako bɔɔ no sotɔre kae se, “Wo sɛɛ ne hena a wutumi kasa ɔsɔfopanyin anim saa?” \p \v 23 Yesu buaa no se, \wj “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekae no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekaa no nso yɛ nokware de a, adɛn nti na wobɔ me?”\wj* \v 24 Afei, Anas ma wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim. \s1 Petro Pa Yesu Bio \p \v 25 Bere a Petro da so gyina hɔ reto gya no bi no, wɔn a na wogyina hɔ no mu bi bisaa no se, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafo no mu baako ana?” \p Petro san bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.” \p \v 26 Ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako a na ɔyɛ nea Petro twaa nʼaso no busuani no nso bisaa no se, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?” \v 27 Petro san san bio se, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔnee. \s1 Wɔde Yesu Kɔ Pilato Anim \p \v 28 Wɔde Yesu fii Kaiafa fi de no kɔɔ Pilato ahemfi. Saa bere no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ fi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduan no bi nti, wɔankɔ hɔ bi. \v 29 Pilato fii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bebisaa wɔn se, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?” \p \v 30 Nnipa no buaa no se, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.” \p \v 31 Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.” \p Yudafo no nso kae se, “Yenni tumi sɛ yekum obi.” \v 32 Nea esii yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a obewu no daa adi pefee. \p \v 33 Pilato san kɔɔ nʼahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Wone Yudafo hene no ana?” \p \v 34 Yesu nso bisaa no se, \wj “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na wɔaka me ho asɛm akyerɛ wo?”\wj* \p \v 35 Pilato buaa Yesu se, “Wususuw sɛ meyɛ Yudani ana? Wo ara wo nkurɔfo ne wɔn asɔfo mpanyin na wɔde wo brɛɛ me. Dɛn na woayɛ?” \p \v 36 Yesu buaa no se, \wj “Mʼahenni nyɛ asase so ahenni; sɛ mʼahenni yɛ asase so ahenni a, anka mʼakyidifo bɛko agye me afi Yudafo mpanyimfo no nsam. Mereka bio se, mʼahenni nyɛ asase so ahenni.”\wj* \p \v 37 Pilato see no sɛ, “Ɛno de, na woyɛ ɔhene ana?” \p Yesu buaa no se, \wj “Wo na wuse meyɛ ɔhene. Ade baako pɛ nti na wɔwoo me baa wiase ha, sɛ mimmedi nokware ho adanse. Obiara a ɔpɛ nokware no tie me.”\wj* \p \v 38 Pilato bisaa no se, “Dɛn ne saa nokware no?” Afei Pilato fii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ. \v 39 Nanso sɛnea mo Twam Afahyɛ amanne te no, afe biara moma migyaa odeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no ma mo ana?” \p \v 40 Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfo. \c 19 \p \v 1 Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa. \v 2 Asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atade kɔkɔɔ nso hyɛɛ no. \v 3 Wodii ne ho fɛw, bobɔɔ nʼani so kae se, “Yudafo hene, wo nkwa so!” \p \v 4 Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.” \v 5 Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwen ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!” \p \v 6 Bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!” \p Pilato ka kyerɛ wɔn se, “Mo ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asennua mu, efisɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.” \p \v 7 Yudafo no buae se, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ owu, efisɛ ɔkae se ɔyɛ Onyankopɔn Ba.” \p \v 8 Bere a Pilato tee asɛm a wɔkae no, ɔbɔɔ hu yiye. \v 9 Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no. \v 10 Pilato bisaa no se, “Woremmua me ana? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asennua mu!” \p \v 11 Yesu buaa no se, \wj “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”\wj* \p \v 12 Bere a Pilato tee asɛm a Yesu kae no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Sɛ wugyaa no a na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!” \p \v 13 Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmu agua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Nsɛmee, (a Hebri kasa mu no, ɛyɛ “Gabata”). \v 14 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu so no, ɛbɛyɛ owigyinae no. \p Pilato ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Mo hene no ni!” \p \v 15 Dɔm no nso teɛteɛɛ mu bio se, “Fa no kɔ! Bɔ no asennua mu!” \p Pilato bisaa wɔn se, “Mopɛ sɛ mebɔ mo hene no asennua mu ana?” \p Asɔfo mpanyin no kae se, “Yɛn hene a yɛwɔ ara ne Kaesare!” \p \v 16 Afei Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔnkɔbɔ no asennua mu. \s1 Wɔbɔ Yesu Asennua Mu \p \v 17 Enti wɔde Yesu a nʼasennua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitiri So”, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota”. \v 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asennua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asennua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so na ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini. \p \v 19 Pilato kyerɛw se, \pc Yesu Nasareni, Yudafo Hene \m de taree nʼasennua no atifi. \v 20 Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asennua mu ne kurow no mu kwan nware, na bio wɔakyerɛw nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hu kenkanee. \v 21 Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato se, “Nkyerɛw se, ‘Yudafo hene’ na mmom kyerɛw se, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa se mene Yudafo hene!’ ” \p \v 22 Pilato kae se, “Nea makyerɛw no, makyerɛw.” \p \v 23 Asraafo no bɔɔ Yesu asennua mu wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa asraafo baanan no. Na saa atade no yɛ atade bi a wɔanwen fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee. \p \v 24 Asraafo no nyinaa kae se, “Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya.” \p Ade a wɔyɛɛ yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, \q1 “Wɔkyekyɛɛ me ntama mu, \q2 bɔɔ mʼatade so ntonto fae” no bɛba mu. \m Nea asraafo no yɛe ne no. \p \v 25 Nnipa a na wogyina Yesu asennua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. \v 26 Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, \wj “Ɔbea, wo ba ni.”\wj* \v 27 Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, \wj “Wo na ni.”\wj* Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae. \s1 Yesu Wu \p \v 28 Saa bere no Yesu huu sɛ afei de, biribiara aba nʼawie, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, \wj “Osukɔm de me.”\wj* \v 29 Wɔde sapɔw a etua adwerɛ ano bɔɔ nsa a emu keka mu de kaa nʼano. \v 30 Yesu nom wiei no, ɔkae se, \wj “Mawie!”\wj* Ɔkaa eyi wiee no, osii ne ti ase na ogyaa ne honhom mu. \p \v 31 Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafo mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asennua no so kosi nʼadekyee a wobedi Twam Afahyɛ no. Enti wɔkɔka kyerɛɛ Pilato se wɔpɛ sɛ wobubu nnipa no anan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi wɔn amu no afi asennua no so. \v 32 Asraafo no kobubuu ɔbarima a odi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu ho no anan; wowiei no, wokobubuu ɔbarima a ɔto so abien no nso anan\f + \fr 19.32 \fr*\fq Wokobubuu\fq*\fqa : \fqa*\ft wɔyɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a onipa a wɔabɔ no asennua mu no bewu ntɛm.\ft*\f*. \v 33 Nanso woduu Yesu so no wohuu sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammu ne nan bi. \v 34 Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fii ne mfe mu bae. \v 35 Onipa a ohuu nea esii no na wadi ho adanse. Nʼadanse no yɛ nokware, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi. \v 36 Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi” \v 37 ne “Nnipa bɛhwɛ nea wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu. \s1 Wosie Yesu \p \v 38 Eyi akyi no, Yosef a ofi Arimatea a esiane Yudafo ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoa mu no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no kwan na onkoyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno nti okoyii Yesu amu no. \v 39 Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobow ne aduhuam mfrafrae a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa abiɛsa bae. \v 40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no. \v 41 Na ɔboda foforo bi a wonsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no. \v 42 Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wosiee Yesu amu no wɔ hɔ. \c 20 \s1 Yesu Wusɔre \p \v 1 Kwasida anɔpahema na Maria Magdalene sɔre kɔɔ ɔda no so kohuu sɛ obi apirew ɔbo no afi ɔboda no ano. \v 2 Ohuu saa no ɔde ahoɔhare kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afi ɔda no mu na minnim faako a wɔde no akɔto!” \p \v 3 Petro ne saa osuani yi tee asɛm no, wotuu mmirika kɔɔ ɔda no so. \v 4 Nanso saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho koduu hɔ kan. \v 5 Oduu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu huu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ. \v 6 Simon Petro de, obeduu hɔ no, owuraa ɔboda no mu. Ohuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ egu hɔ, \v 7 a dukuu a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. \v 8 Afei osuani a oduu ɔboda no ho kan no nso wuraa mu huu saa nneɛma no ma ogye dii. \v 9 Saa bere no nyinaa na asuafo baanu yi nnya ntee nea Kyerɛwsɛm aka afa Yesu wusɔre ho no ase. \v 10 Afei asuafo no fii hɔ kɔɔ fie. \s1 Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Maria Magdalene \p \v 11 Nanso Maria de, na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ogu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu, \v 12 na ohuu ɔsoro abɔfo baanu a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafo wɔ faako a na Yesu amu no da no. \p \v 13 Wobisaa no se, “Ɔbea, adɛn na woresu sɛɛ yi?” \p Maria de awerɛhow buae se, “Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na minnim faako a wɔde no akɔto.” \v 14 Afei otwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ohuu sɛ obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na onnim sɛ ɛyɛ ɔno. \p \v 15 Yesu bisaa no se, \wj “Ɔbea, adɛn nti na woresu sɛɛ yi? Hena na worehwehwɛ no?”\wj* \p Na Maria de, osusuw sɛ ɛyɛ turo mu hɔ hwɛfo nti obisaa no se, “Owura, sɛ wo na wofaa no fii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.” \p \v 16 Yesu frɛɛ no se, \wj “Maria!”\wj* \p Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ogyee so wɔ Hebri kasa mu se, \it “Rabuni!”\it* (a ase ne “Kyerɛkyerɛfo”). \p \v 17 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Nso me mu, efisɛ minnya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn ɛ; kɔka kyerɛ mʼasuafo no se, meresan akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Nyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Nyankopɔn no nkyɛn.”\wj* \p \v 18 Maria Magdalene fii hɔ kɔbɔɔ asuafo no amanneɛ se wahu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn. \s1 Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Nʼasuafo \p \v 19 Saa da no ara anwummere a na esiane Yudafo mpanyin no ho hu nti, asuafo no ato wɔn ho pon mu no, Yesu baa ɔdan no mu hɔ kyiaa wɔn se, \wj “Asomdwoe nka mo.”\wj* \v 20 Okyiaa wɔn wiei no, ɔde ne nsam ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei yiye. \p \v 21 Yesu san kyiaa wɔn bio se, \wj “Asomdwoe nka mo!”\wj* Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Sɛnea Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.”\wj* \v 22 Ɔhome guu wɔn so kae se, \wj “Honhom Kronkron no mmra mo so.\wj* \v 23 \wj Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”\wj* \s1 Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Toma \p \v 24 Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafo no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no nni hɔ bi. \v 25 Bere a asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Wɔahu Awurade no!” \p Wannye anni ma ɔkae se, “Sɛ manhu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da.” \p \v 26 Asuafo no san hyiae wɔ nnaawɔtwe akyi a na Toma ka wɔn ho. Ɛwɔ mu sɛ na wɔatoto apon no mu de, nanso Yesu san baa hɔ, kyiaa wɔn bio se, \wj “Asomdwoe nka mo!”\wj* \v 27 Afei Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no se, \wj “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnye bio. Gye di!”\wj* \p \v 28 Toma de ahonu kae se, “Wo ne mʼAwurade ne me Nyankopɔn!” \p \v 29 Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Woahu me no nti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wonhuu me nanso wogye di.”\wj* \p \v 30 Yesu yɛɛ anwonwade ahorow bebree kyerɛɛ nʼasuafo no a wɔankyerɛw wɔ saa nhoma yi mu. \v 31 Nanso biribiara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no, wɔakyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mugye no di a, mubenya nkwa. \c 21 \s1 Yesu Yi Ne Ho Adi Bio \p \v 1 Akyiri no Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafo no mu bi. Ɔkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no ni: \v 2 Saa bere no na Simon Petro ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafo no mu baanu na na wɔwɔ faako. \v 3 Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Merekoyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no se, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa ɔkorow mu, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara. \p \v 4 Ade kyee anɔpa a anim retetew no, Yesu begyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafo no nnim sɛ ɛyɛ ɔno. \p \v 5 Ɔfrɛɛ asuafo no bisaa wɔn se, \wj “Anuanom, moayi nam bi ana?”\wj* \p Wobuae se, “Dabi.” \p \v 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Mungu mo asau no wɔ nifa fam na mubeyi nam.”\wj* Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ tɔ a na wɔtwe a ɛntwe. \p \v 7 Afei osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro se, “Ɛyɛ Awurade.” Bere a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no ɔhyɛɛ nʼatade, (efisɛ na waworɔw) huruw tɔɔ asu no mu guare kɔɔ mpoano hɔ. \v 8 Asuafo a wɔaka no tenaa ɔkorow no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sɛɛ tɔ. Ɔkwan a efi faako a wɔwɔ wɔ po no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha. \v 9 Woduu mpoano hɔ no wohuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na brodo bi nso gu nkyɛn. \p \v 10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, \wj “Momfa nam a moayi no bi mmra.”\wj* \v 11 Simon Petro foro kɔɔ ɔkorow no mu kɔtwee asau a na nam akɛse bɛyɛ ɔha aduonum abiɛsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwɔ mu sɛ na nam ayɛ asau no ma de, nanso antetew. \v 12 Yesu frɛɛ wɔn se, \wj “Mummedidi.”\wj* Asuafo no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ efisɛ na wonim sɛ ɛyɛ Awurade. \v 13 Yesu faa brodo no kyekyɛ maa wɔn. Eyi akyi no, ɔkyɛɛ nam no nso maa wɔn. \v 14 Eyi ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafo no. \s1 Petro Kyerɛ Ne Dɔ \p \v 15 Wodidi wiei no, Yesu bisaa Simon Petro se, \wj “Yohane ba Simon, wodɔ me sen sɛnea eyinom dɔ me no ana?”\wj* \p Petro buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.” \p Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Yɛn me nguamma.”\wj* \p \v 16 Yesu san bisaa no se, \wj “Yohane ba Simon, wodɔ me ana?”\wj* \p Petro san buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.” \p Yesu san ka kyerɛɛ no se, \wj “Hwɛ me nguan.”\wj* \p \v 17 Yesu bisaa no ne mprɛnsa so se, \wj “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?”\wj* \p Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhow sɛ Yesu abisa no saa asɛm koro no ara mprɛnsa. Enti ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, wunim biribiara, na wunim nso sɛ medɔ wo!” \p Yesu ka kyerɛɛ no se, \wj “Yɛn me nguan.\wj* \v 18 \wj Meka nokware akyerɛ wo. Woyɛ aberante no, na wutumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ nea wopɛ biara nso. Nanso sɛ wobɔ akwakoraa a, wobɛteɛ wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.”\wj* \v 19 Asɛm a Yesu kaa no de kyerɛɛ owu ko a Petro bewu de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, \wj “Di mʼakyi.”\wj* \p \v 20 Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi huu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, otwiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, hena na obeyi wo ama?” no. \v 21 Petro huu saa osuani no, obisaa Yesu se, “Awurade, na oyi nso dɛn na ɛbɛto no?” \p \v 22 Yesu buaa no se, \wj “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di mʼakyi.”\wj* \v 23 Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifo no mu pii susuw sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso na ɛnyɛ nea Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, bere a ɔkae se, \wj “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn?”\wj* \p \v 24 Saa osuani yi ne onipa a odi eyinom nyinaa ho adanse na ɔkyerɛw nso. Yenim sɛ nʼadansedi no yɛ nokware. \p \v 25 Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛe a wɔankyerɛw, na sɛ wɔkyerɛw no mmaako mmaako a, anka migye di sɛ ɛrensen wiase.