\id JDG - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Atemmufo \toc1 Atemmufo Nhoma \toc2 Atemmufo \toc3 Ate \mt1 Atemmufo Nhoma \c 1 \s1 Yuda Ne Simeon Fa Asase No \p \v 1 Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔtow hyɛ Kanaanfo no so kan?” \p \v 2 Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no sodi ahyɛ wɔn nsam.” \p \v 3 Enti Yuda ntuanofo no ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuw no se, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfo a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti Simeonfo mmarima no ne Yudafo no kɔe. \p \v 4 Bere a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wodii Kanaanfo ne Perisifo no so nkonim, na wokunkum atamfo akofo mpem du wɔ Besek. \v 5 Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiae, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfo no ne Perisifo no so nkonim. \v 6 Adoni-Besek guanee, nanso ankyɛ na Israelfo kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti. \p \v 7 Ɛmaa Adoni-Besek kae se, “Bere bi, na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobeti na wɔbɛtasee mporoporowa wɔ me didipon ase. Afei, Awurade atua me nea meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na owui wɔ hɔ. \p \v 8 Yuda mmarima no tow hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wokunkum kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu gya. \p \v 9 Ɛno akyi, wɔdan faa anafo fam, kɔtow hyɛɛ Kanaanfo a wɔtete bepɔw asase, Negeb ne atɔe fam nkoko so no so. \v 10 Yuda bɔ wuraa Kanaanfo a na wɔte Hebron a kan no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahima ne Talmai so. \v 11 Wofi hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kan no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no). \p \v 12 Na Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.” \v 13 Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfae. Enti Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. \p \v 14 Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no se ommisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka nea wɔwɔ no ho. Ofi nʼafurum so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no se, “Asɛm bɛn? Dɛn na menyɛ mma wo?” \p \v 15 Obuae se, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsu wɔ so.” Enti Kaleb maa no atifi ne anafo nsubɔnten. \p \v 16 Bere a Yuda abusuakuw fii Yeriko no, Kenifo a wɔyɛ Mose ase barima asefo ne wɔn kɔɔ Yuda sare no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beae bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb. \p \v 17 Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfo a wɔte Sefat no sɛee kurow no pasaa. Enti wɔtoo kurow no din Horma. \v 18 Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia. \s1 Israel Antumi Amfa Asase No \p \v 19 Na Awurade ka Yuda nkurɔfo ho nti, ɛmaa wɔfaa bepɔw nsase no. Nanso wɔantumi ampam nnipa a wɔte tataw so no amfi hɔ, efisɛ na wɔwɔ nnade nteaseɛnam. \v 20 Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛnea na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pam nnipa a na wɔyɛ Anak mmabarima baasa no asefo no fii hɔ. \v 21 Benyamin abusuakuw no antumi ampam Yebusifo a na wɔte Yerusalem no. Enti ebesi nnɛ yi, Yebusifo ne Benyamin nkurɔfo da so te Yerusalem. \p \v 22 Yosef asefo kɔtow hyɛɛ Bet-El kurow no so, na Awurade kaa wɔn ho. \v 23 Wɔsomaa akwansrafo kɔɔ Bet-El (a kan no na wɔfrɛ no Lus) hɔ. \v 24 Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ofi kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ yɛn ɔkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yebehu wo mmɔbɔ.” \v 25 Enti ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wokokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wogyaw ɔbarima no ne nʼabusuafo. \v 26 Akyiri no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifo asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no din Lus. Na saa din no da kuropɔn no so de besi nnɛ. \p \v 27 Manase abusuakuw no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraase no, efisɛ na Kanaanfo no aka se, sɛnea ɛte biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena. \v 28 Israelfo no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn na wɔampam wɔn amfi asase no so. \v 29 Efraim abusuakuw no nso antumi antu Kanaanfo a na wɔte Geser no enti Kanaanfo no kɔɔ so ne wɔn tenae. \v 30 Sebulon abusuakuw no antumi antu Kanaanfo a na wɔte Kitron ne Nahalol, nti wɔkɔɔ so ne wɔn tenae. Nanso wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. \v 31 Aser abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob. \v 32 Nokware, esiane sɛ wɔantumi antu wɔn no nti, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a Aserfo no te so no so. \v 33 Naftali abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a wɔte so no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfo. \v 34 Dan abusuakuw no de, Amorifo hyɛɛ wɔn ma wotu kɔɔ bepɔw nsase no so na wɔamma wɔn amma tataw so hɔ. \v 35 Amorifo no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefo no yɛɛ den mmoroso no, wɔhyɛɛ Amorifo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. \v 36 Na Amorifo hye fi Akrabbim atrapoe kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam. \c 2 \s1 Awurade Bɔfo Ba Bokim \p \v 1 Na Awurade bɔfo fi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfo no se, “Miyii mo fii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekae se, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so. \v 2 Mo fam de ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔremuka nyinaa. Na adɛn nti na moanni me mmara nsɛm so? \v 3 Nea moayɛ yi nti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛn mu nsɔe na wɔn anyame nso ayɛ mfiri a wɔasum ahintaw mo.” \p \v 4 Awurade bɔfo kasa wiee no Israelfo no suu dennen. \v 5 Enti wɔtoo beae hɔ din “Agyaadwotwa.” Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Awurade. \s1 Yosua Wu \p \v 6 Yosua gyaa nkurɔfo no kwan akyi no, mmusuakuw no mu biara kɔfaa nʼagyapade a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no. \v 7 Na Israelfo no som Awurade wɔ Yosua ne mpanyimfo a wɔanyinyin sen Yosua a wohuu nneɛma akɛse a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no. \p \v 8 Afei, Nun babarima Yosua, Awurade somfo wui a na wadi mfirihyia ɔha ne du. \v 9 Wosiee no wɔ ne wugyaw asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔw asase no a ɛwɔ Gaas bepɔw no atifi fam no. \s1 Israelfo Yɛ Asoɔden Tia \nd Awurade\nd* \p \v 10 Saa awo ntoatoaso no akyi no, awo ntoatoaso foforo nyin a na wonnim \nd Awurade\nd*, na wɔnkae nneɛma akɛse a wayɛ ama Israel no. \v 11 Na Israelfo no yɛɛ nea enye wɔ \nd Awurade\nd* ani so, na wɔsom Baalim ahoni. \v 12 Wogyaw \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim no. Wodii anyame foforo akyi, som saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa \nd Awurade\nd* bo fuwii. \v 13 Wogyaw \nd Awurade\nd* akyidi, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni. \v 14 Eyi maa \nd Awurade\nd* bo fuw Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa, maa wowiaa wɔn ahode. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano. \v 15 Bere biara a Israelfo bɛkɔ ɔko no, \nd Awurade\nd* ko tia wɔn ma wodi nkogu, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Enti wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa. \s1 Onyankopɔn Gye Ne Nkurɔfo \p \v 16 Afei, \nd Awurade\nd* pagyaw atemmufo ma wobegyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam. \v 17 Nanso Israelfo no antie atemmufo no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforo, kotow wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so fii wɔn agyanom a wɔyɛɛ osetie maa \nd Awurade\nd* mmara nsɛm no kwan so. \v 18 Bere biara a \nd Awurade\nd* de otemmufo bi bedua Israel so no, na ɔka saa otemmufo no ho na ogye nnipa no fi wɔn atamfo no nsam wɔ saa otemmufo no nkwa nna nyinaa mu. Efisɛ \nd Awurade\nd* huu ne nkurɔfo a wɔredi wɔn nya na wɔrehu amane no mmɔbɔ. \v 19 Nanso atemmufo no wu akyi no, nnipa no san kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sen wɔn a wodii wɔn anim kan no. Wodii anyame foforo akyi. Wɔkotow wɔn, som wɔn. Na wɔampɛ sɛ wogyae wɔn nnebɔnesɛm ne asobrakye no. \p \v 20 Enti \nd Awurade\nd* bo fuw Israel. Ɔkae se, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe so, na wɔapo me mmara nsɛm nti, \v 21 merempam aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewu no. \v 22 Meyɛɛ eyi de sɔɔ Israel hwɛe sɛ wobetie \nd Awurade\nd* sɛnea wɔn agyanom yɛe no.” \v 23 Ɛno nti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammedi wɔn nyinaa so no. \c 3 \s1 Aman A Wɔkaa Kanaan \p \v 1 Awurade gyaw aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfo a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ. \v 2 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛnea wobenya akodi ho nimdeɛ. \v 3 Saa aman no ni: Filistifo (wɔn a na wɔhyɛ Filistifo ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfo nyinaa, Sidonfo, Hewifo a na wɔte Lebanon bepɔw no so fi Baal Hermon bepɔw ho de kosi Lebo Hamat. \v 4 Wogyaw saa nkurɔfo yi de sɔɔ Israelfo no hwɛe, pɛɛ sɛ wohu sɛ wobedi mmara a \nd Awurade\nd* nam Mose so hyɛ maa wɔn agyanom no so ana. \p \v 5 Enti Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no mu. \v 6 Na wodii wɔn ho aware. Israelfo mmabarima no warewaree wɔn mmabea na wɔde Israelfo mmabea nso maa wɔn mmabarima aware. Na Israelfo no som wɔn anyame. \s1 Otniel Bɛyɛ Israel So Otemmufo \p \v 7 Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ \nd Awurade\nd* ani so bɔne. Wɔn werɛ fii \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn, na wɔsom Baalim ahoni ne Asera nnua. \v 8 \nd Awurade\nd* abufuw mu yɛɛ den tiaa Israel nti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfo yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirihyia awotwe. \p \v 9 Nanso Israelfo su frɛɛ Awurade no, oyii ɔbarima bi sɛ ogyefo maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima. \v 10 \nd Awurade\nd* honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel otemmufo. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na \nd Awurade\nd* maa Otniel dii ne so nkonim. \v 11 Enti asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wui. \s1 Ehud Bɛyɛ Israel So Otemmufo \p \v 12 Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ \nd Awurade\nd* ani so bɔne, na ɛno nti, \nd Awurade\nd* de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma odii Israel so. \v 13 Eglon boaboaa Amonfo\f + \fr 3.13 \fr*\ft Na Amonfo yɛ Lot asefo (\+xt 1 Mose 19.38\+xt*). Na Amalekfo nso yɛ Esau asefo (\+xt 1 Mose 36.12,16\+xt*). Na wɔbɛn Israel, nanso na wɔyɛ Israelfo atamfo kɛse.\ft*\f* ne Amalekfo ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔtow hyɛɛ Israelfo so. Wodii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko. \v 14 Israelfo no som Moabhene Eglon mfirihyia dunwɔtwe. \p \v 15 Nanso Israelfo no su frɛɛ \nd Awurade\nd* bio no, \nd Awurade\nd* maa wɔn ogyefo. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ofi Benyamin abusuakuw mu. Israelfo no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn sonkahiri sika nkɔma Moabhene Eglon. \v 16 Enti Ehud bɔɔ afoa anofanu a ne tenten yɛ nsateaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatade mu. \v 17 Ɔde sonkahiri sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse tobonn no. \v 18 Ɔde sika no maa no wiee no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie. \v 19 Nanso bere a Ehud duu abo ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsan nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mewɔ kokoamsɛm bi ka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfo no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa fii ɔdan mu hɔ. \p \v 20 Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte abansoro dan bi a emu dwo mu. Ehud ka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛm bi a efi Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Bere a ɔhene Eglon sɔre fii nʼakongua mu ara pɛ, \v 21 Ehud de ne nsa benkum twee afoa a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu. \v 22 Afoa no kɔɔ akyiri kosii sɛ ne bona no mpo wuraa ɔhene no srade mu maa ɛso katae. Enti Ehud gyaa afoa no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu gui. \v 23 Afei, Ehud totoo apon no mu foroo agyanan dan no, faa ne asuten no mu guan kɔe. \p \v 24 Ehud kɔe akyi no, ɔhene asomfo no baa hɔ behuu sɛ wɔatoto apon a ɛkɔ aban no so no mu. Na wodwen sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ, \v 25 enti wɔtwɛnee. Wɔtwɛn ara na ɔhene no mma no, ɛhaw wɔn ma wɔkɔhwehwɛɛ safe bi. Na wobuee pon no, wohuu sɛ wɔn wura awu da fam. \p \v 26 Bere a asomfo no retwɛn no, Ehud guan faa abo ahoni no so a ɔrekɔ Seira. \v 27 Oduu Efraim bepɔw asase no so no, Ehud hyɛn torobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akode mmra. Enti odii Israelfo kuw bi anim sian bepɔw no. \p \v 28 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfo a wɔyɛ mo atamfo no so nkonim.” Enti wotu dii nʼakyi. Israelfo no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wofi Moab twa. Ɛno nti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no. \v 29 Wɔtow hyɛɛ Moabfo no so. Wokunkum wɔn dɔmmarima no bɛyɛ mpem du. Wɔn mu biara antumi anguan. \v 30 Enti Israelfo dii Moabfo so nkonim saa da no, na asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduɔwɔtwe. \s1 Samgar Bɛyɛ Israel So Otemmufo \p \v 31 Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfo. Ɔde nantwika abaa kum Filistifo ahansia. \c 4 \s1 Debora Bɛyɛ Israel So Otemmufo \p \v 1 Ehud wu akyi no, Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so bio. \v 2 Enti Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na odi ade wɔ Hasor no nsa. Na ɔsahene a otua nʼakofo ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim. \v 3 Na Sisera wɔ nnade nteaseɛnam ahankron, na ɔde atirimɔden hyɛɛ Israelfo no so mfirihyia aduonu. Afei Israelfo no su frɛɛ \nd Awurade\nd* pɛɛ mmoa. \p \v 4 Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifobea na ɔbɛyɛɛ Israelfo temmufo. \v 5 Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɛhɔ na na Israelfo no kɔ ma odi wɔn nsɛm. \v 6 Da bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofo mpem du ano fi Naftali ne Sebulon mmusuakuw mu wɔ Tabor bepɔw so hɔ. \v 7 Mɛdaadaa Yabin nsraadɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofo akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.” \p \v 8 Barak ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me bɛkɔ de a, mɛkɔ!” \p \v 9 Debora buaa no se, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya anuonyam biara wɔ dwumadi yi mu, efisɛ \nd Awurade\nd* nkonimdi wɔ Sisera so no befi ɔbea nsam.” Enti Debora ne Barak kɔɔ Kedes. \v 10 Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuw ne Naftali abusuakuw mu nnipa nyinaa, na akofo mpem du ne no kɔe. Debora nso kaa wɔn ho kɔe. \p \v 11 Na Kenini Heber atwe ne ho afi Kenifo\f + \fr 4.11 \fr*\ft Efi Mose bere so na Kenifo ne Israelfo yɛ baako (\+xt 2 Mose 3.1\+xt*). Bere a wodi Kanaanfo so no, wɔne Israelfo na wɔko tiaa wɔn (\+xt 2 Ah 1.6\+xt*).\ft*\f* a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefo no ho, akosi ne ntamadan wɔ dua kɛse bi a esi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho. \p \v 12 Bere a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔw so no, \v 13 ɔboaboaa ne nnade nteaseɛnam ahankron ano ne nʼakofo nyinaa, na wotu sen fii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho. \p \v 14 Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Nnɛ ne da a \nd Awurade\nd* de Sisera so nkonimdi bɛma wo, efisɛ, \nd Awurade\nd* atu ɔsa adi wʼanim.” Enti Barak dii nʼakofo mpem du anim sian Tabor bepɔw no kɔkoe. \v 15 Bere a Barak tow hyɛɛ wɔn so no, \nd Awurade\nd* maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafo ne nʼakofo no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huruw fii ne teaseɛnam mu sii fam guanee. \p \v 16 Barak nteaseɛnam ne ɔtamfo no nsraadɔm no ara kosii Haroset-Hagoyim, kunkum Sisera akofo no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo. \v 17 Sisera guan kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ na Heber abusuafo ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa. \p \v 18 Yael fii adi kohyiaa Sisera ka kyerɛɛ no se, “Owura, bra me ntamadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti ɔkɔɔ ntamadan no mu ma ɔde nnaso kataa ne so. \p \v 19 Sisera ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, osukɔm de me nti ma me nsu.” Enti ɔmaa no nufusu sɛ ɔnnom, na ɔsan kataa ne so. \p \v 20 Sisera ka kyerɛɛ no se, “Gyina ntamadan no ano na sɛ obi bebisa wo se obi wɔ ha a, ka se dabi.” \p \v 21 Nanso ɔbrɛ nti, Sisera faa mu dae. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde asae ne pɛe na ɛkɔe. Ɔde pɛe no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kosii sɛ ehwirew ne moma mu sii fam ma owui. \p \v 22 Bere a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue behyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Enti, odii nʼakyi kɔɔ ntamadan no mu kohuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛe si ne moma so. \p \v 23 Da no na Israel huu sɛ Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim. \v 24 Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kosii sɛ akyiri no, wɔsɛee no. \c 5 \s1 Debora Dwom \p \v 1 Da no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi: \q1 \v 2 “Israel mpanyimfo sɔre dii anim, \q2 na nnipa no de anigye dii wɔn akyi. \q2 Nhyira nka \nd Awurade\nd*! \b \q1 \v 3 “Mo ahemfo, muntie! \q2 Monyɛ aso, mo abirɛmpɔn! \q1 Na mɛto dwom ama \nd Awurade\nd*. \q2 Mɛma me nne so ama \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn. \b \b \q1 \v 4 “\nd Awurade\nd*, bere a wufii Seir, \q2 na wobɔɔ nsra faa Edom mfuw so no, \q1 asase wosowee \q2 na ɔsoro omununkum tuee nsu. \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* ba no maa mmepɔw wosowee. \q2 Sinai Bepɔw mpo wosowee wɔ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn anim. \b \q1 \v 6 “Anat ba Samgar ne Yael bere so, \q2 nnipa amfa atempɔn so, \q2 na akwantufo faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so. \q1 \v 7 Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraa \q2 kosii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel. \q1 \v 8 Bere a Israel som anyame foforo no, \q2 ɔko sɔree kuropɔn no apon ano. \q1 Nanso wɔanhu nkatabo anaa peaw \q2 wɔ akofo mpem aduanan a wɔwɔ Israel mu! \q1 \v 9 Mewɔ Israel ntuanofo afa \q2 ne wɔn a wɔde anigye dii wɔn akyi. \q2 Hyira \nd Awurade\nd*! \b \q1 \v 10 “Mo a motete afurum a wɔte apɔw so, \q2 tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, muntie! \q2 Ne mo a ɛsɛ sɛ monantew fam nso, muntie! \q1 \v 11 Muntie nkuraa nnwontofo a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomee. \q1 Wɔkeka \nd Awurade\nd* trenee nkonimdi, \q2 ne ne nkuraasefo nkonimdi wɔ Israel ho asɛm. \b \q1 “Afei \nd Awurade\nd* nkurɔfo \q2 bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apon ano. \q1 \v 12 ‘Sɔre! Debora, sɔre! \q2 Sɔre, sɔre na to dwom! \q1 Sɔre, Barak! \q2 Di wo nneduafo anim kɔ, Abinoam ba!’ \b \q1 \v 13 “Nkaefo no bɔɔ nsra fi Tabor kɔɔ ahoɔdenfo so. \q2 \nd Awurade\nd* nkurɔfo bɔɔ nsra kɔɔ akofo ahoɔdenfo so. \q1 \v 14 Wofi Efraim bae, asase a na kan no na ɛyɛ Amalekfo dea, \q2 na Benyamin nso dii wʼakyi. \q1 Asahene no bɔɔ nsra fii Makir; \q2 ɔsahene pemakurafo fi Sebulon bae. \q1 \v 15 Na Isakar mu atitiriw ka Debora ne Barak ho. \q2 Wodii Barak akyi, bɔ wuraa obon no mu. \q1 Nanso Ruben abusuakuw mu de, \q2 wɔansi wɔn adwene pi. \q1 \v 16 Adɛn nti na wotenaa fie wɔ nguanhwɛfo mu, \q2 tie nguanhwɛfo a wɔde hwirema frɛ wɔn nguan? \q1 Ruben abusuakuw mu, \q2 wɔansi wɔn adwene pi. \q1 \v 17 Gilead kaa Yordan apuei hɔ. \q2 Na Dan de, adɛn nti na ɔtenaa fie? \q1 Aser tenaa mpoano a wanka ne ho, \q2 ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahorow hɔ. \q1 \v 18 Nanso Sebulon too ne nkwa apemafo \q2 sɛnea Naftali yɛɛ wɔ akono no. \b \q1 \v 19 “Kanaan ahemfo koo wɔ Taanak a ɛbɛn Megido asu ho, \q2 nanso wɔannya dwetɛ asade biara ankɔ. \q1 \v 20 Nsoromma fi soro koe. \q1 Nsoromma nam wɔn akwan so ko tiaa Sisera. \q1 \v 21 Asubɔnten Kison twee wɔn kɔe, \q2 tete asu, Kison. \q2 Me kra, fa akokoduru bɔ nsra kɔ wʼanim! \q1 \v 22 Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam, \q2 wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfo no mmirikatɛntɛ. \q1 \v 23 ‘Nnome nka Merosfo,’ \nd Awurade\nd* bɔfo na ose. \q2 Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn \q1 efisɛ wɔammɛboa \nd Awurade\nd*, \q2 wɔammɛboa \nd Awurade\nd* anko antia akofo ahoɔdenfo no. \b \b \q1 \v 24 “Nhyira nka Yael, \q2 Heber a ofi Keni yere. \q2 Ne nhyira nsen mmea a wɔtete ntamadan mu nyinaa. \q1 \v 25 Sisera srɛɛ nsu, \q2 na Yael maa no nufusu. \q1 Kuruwa a ɛfata ahemfo no mu \q2 na ɔde nufusu ani srade brɛɛ no. \q1 \v 26 Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntamadan pɛe, \q2 na ɔde ne nsa nifa faa odwumfo asae. \q1 Ɔde bɔɔ Sisera, pɛtɛw ne ti. \q2 Ɔde pɛe no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim. \q1 \v 27 Ɔmemee, ɔhwee ase; \q2 owui wɔ ne nan ase. \b \q1 \v 28 “Sisera nena hwɛɛ mfɛnsere mu; \q2 ɔtɛw mfɛnsere mu hwɛɛ no kwan, \q1 ɔkae se, ‘Adɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ ba yi? \q2 Adɛn nti na yɛnte teaseɛnam nhankare nnyigyei yi?’ \q1 \v 29 Ne mmea anyansafo no rema mmuae no, \q2 otii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho se: \q1 \v 30 ‘Wɔrekyɛ asade a wonyae no, \q2 ɔbarima biara rennya ɔbea baako anaa baanu. \q1 Sisera rennya ntade a ɛyɛ fɛ \q2 na me nso merennya ntade a ekura ahosu ahorow na wɔanwen mu fɛfɛ?’ \b \b \q1 \v 31 “\nd Awurade\nd*, ma wʼatamfo nyinaa nwu sɛ Sisera! \q2 Nanso ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinae.” \p Afei, asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan. \c 6 \s1 Gideon Bɛyɛ Israel So Otemmufo \p \v 1 Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne bio. Ɛno nti, Awurade de wɔn hyɛɛ Midianfo\f + \fr 6.1 \fr*\ft Midianfo yɛ Abraham ne Ketura asefo (\+xt 1 Mose 25.2\+xt*).\ft*\f* nsa mfe ason. \v 2 Esiane sɛ na Midianfo no yɛ atirimɔdenfo nti, Israelfo no guan kɔɔ mmepɔw so kɔpɛɛ hintabea wɔ abodan ne atu mu. \v 3 Bere biara a Israelfo duaa wɔn nnɔbae no, Midianfo, Amalekfo ne nnipa a wɔte apuei fam no kɔtow hyɛ wɔn so. \v 4 Wɔbɛyɛɛ atenae wɔ wɔn asase no so sɛe nnɔbae no fi Gasa a wɔannyaw Israelfo aduan biara. Wɔfaa nguan, anantwi ne mfurum. \v 5 Na atamfo dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntamadan foro ba te sɛ mmoadabi. Wɔtete yoma a wontumi nkan wɔn dodow so na wɔba. Na wɔtena asase no so kosi sɛ so nneɛma nyinaa bɛsa. \v 6 Enti Midianfo no maa ɔkɔm baa Israel. Afei Israelfo no su frɛɛ \nd Awurade\nd* pɛɛ mmoa. \p \v 7 Bere a Midianfo no nti, Israelfo su frɛɛ Awurade no, \v 8 \nd Awurade\nd* somaa odiyifo kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkae se, “Asɛm a Awurade, Israel Nyankopɔn, ka ni: Miyii mo fii Misraim nkoasom mu. \v 9 Miyii mo fii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepam mo atamfo de wɔn asase maa mo. \v 10 Meka kyerɛɛ mo se, ‘Mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn. Monnsom Amorifo a mote wɔn asase so no anyame.’ Nanso moantie me.” \p \v 11 Na Awurade bɔfo bɛtenaa odupɔn a esi Ofra a ɛyɛ Yoas a ofi Abieser abusua mu de no ase. Na Yoas babarima Gideon reporow awi wɔ nsakyiamoa ase sɛ ɔde resie Midianfo no. \v 12 \nd Awurade\nd* bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon, kae se, “Dɔmmarima, \nd Awurade\nd* ka wo ho.” \p \v 13 Gideon buae se, “Owura, sɛ \nd Awurade\nd* ka yɛn ho a, adɛn nti na saa nsɛm yi nyinaa aba yɛn so? Na anwonwade a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso wɔ he? Wɔanka se, ‘\nd Awurade\nd* yii yɛn fii Misraim ana?’ Nanso mprempren de, \nd Awurade\nd* agyaa yɛn de yɛn ahyɛ Midianfo nsam.” \p \v 14 Na \nd Awurade\nd* dan ne ho ka kyerɛɛ no se, “Fa ahoɔden a wowɔ no kɔ na kogye Israelfo fi Midianfo no nsam. Me na meresoma wo.” \p \v 15 Gideon buae se, “Na Awurade, mɛyɛ dɛn agye Israelfo? Mʼabusua na ɛyɛ mmerɛw koraa wɔ Manase abusuakuw mu na me na misua koraa wɔ me fifo nyinaa mu.” \p \v 16 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Mɛka wo ho. Wobɛsɛe Midianfo no sɛnea woresɛe onipa baako.” \p \v 17 Gideon buae se, “Sɛ wobɛboa me ampa ara de a, yɛ nsɛnkyerɛnne bi ma minhu sɛ, nokware, ɛyɛ wo \nd Awurade\nd* na worekasa kyerɛ me yi. \v 18 Nkɔ, kosi sɛ mɛsan mʼakyi aba de mʼafɔrebɔde abrɛ wo.” \p \nd Awurade\nd* buae se, “Mɛtena ha atwɛn kosi sɛ wobɛba.” \p \v 19 Gideon yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. Okosiesie abirekyi ba, too brodo asikresiam lita aduonu mmienu a mmɔkaw nni mu. Afei, ɔsoaa nam no wɔ kɛntɛn mu a nkwan no nso wɔ ɛsɛn bi mu de bae. Ɔde brɛɛ ɔbɔfo no wɔ odupɔn no ase. \p \v 20 \nd Awurade\nd* bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Fa nam no ne brodo a ɛnkae no gu ɔbotan yi so na hwie nkwan no gu so.” Na Gideon yɛɛ nea ɔbɔfo no kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. \v 21 Afei, \nd Awurade\nd* bɔfo no de pema a okura no kaa nam ne brodo no, na ogya pue fii ɔbotan no mu hyew nea ɔde bae no nyinaa. Na ɔbɔfo no yerae. \p \v 22 Bere a Gideon huu sɛ ɛyɛ \nd Awurade\nd* bɔfo no, ɔteɛɛ mu se, “Asafo \nd Awurade\nd*, mahu \nd Awurade\nd* bɔfo anim ne anim.” \p \v 23 \nd Awurade\nd* buae se, “Nsuro na worenwu.” \v 24 Na Gideon sii afɔremuka wɔ hɔ maa Awurade na ɔtoo no din “Awurade Yɛ Asomdwoe.” Afɔremuka no da so wɔ Ofra a ɛyɛ Abieserfo abusua asase so de besi nnɛ. \p \v 25 Anadwo no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Gideon se, “Kyere nantwinini a odi mu, ɔto so abien na wadi mfe ason fi wʼagya anantwi mu. Dwiriw wʼagya afɔremuka a osi maa Baal no, na twa Asera dua a esi nkyɛn no. \v 26 Afei, si afɔremuka wɔ bepɔw yi so ma \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn. Hyehyɛ afɔremuka abo no yiye. Fa nantwinini bɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so. Fa Asera dua a wutwae no nnyansin yɛ ogya.” \p \v 27 Enti Gideon faa nʼasomfo du de wɔn yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no. Nanso ɔyɛɛ no anadwo, efisɛ na osuro nʼagya fifo ne kurow mma no. Na onim nea ebesi, sɛ wohu onipa a ɔyɛɛ saa ade no a. \p \v 28 Ade kyee anɔpahema a kurow no mu nnipa fitii ase nyanyanee no, obi huu sɛ wɔadwiriw Baal afɔremuka no agu, na Asera dua a esi ho no nso, wɔatwa akyene na wɔasi afɔremuka foforo asi anan mu. Na wohuu afɔrebɔde bi nkae wɔ so. \p \v 29 Ɔmanfo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena na ɔyɛɛ eyi?” Wobisabisae, too wɔn bo ase hwehwɛɛ mu no, wohuu sɛ Yoas babarima Gideon na ɔyɛɛ saa. \p \v 30 Ɔmanfo no teɛɛ mu guu Yoas so se, “Fa wo babarima no bra. Sɛe a ɔsɛee Baal afɔremuka ne twa a otwaa Asera dua no nti, ɛsɛ sɛ owu.” \p \v 31 Nanso Yoas teɛɛ mu guu nnipakuw no so se, “Adɛn nti na mugye Baal ti? Mubetumi aka nʼasɛm ama no ana? Obiara a obegye ne ti no, wobekum no ansa na ade akye. Sɛ Baal yɛ onyame bi ampa ara a ɔno ara nni mma ne ho na onkum nea odwiriwii nʼafɔremuka no!” \v 32 Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ Gideon Yerub-Baal a nkyerɛase ne “Baal nni mma ne ho,” efisɛ ɔno ara na odwiriwii Baal afɔremuka no gui. \p \v 33 Afei, Midianfo nyinaa, Amalekfo nyinaa ne nnipa a wofifi apuei fam no kaa wɔn ho bɔɔ mu tia Israel. Wotwaa Yordan, kɔbɔɔ atenae wɔ Yesreel bon mu. \v 34 Awurade honhom baa Gideon so na ɔbɔɔ torobɛnto de frɛɛ dɔm. Mmarima a wofi Abieser abusua mu no baa ne nkyɛn. \v 35 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Manase, Aser, Sebulon ne Naftali nyinaa mu kɔfrɛɛ wɔn asraafo, na wɔn nyinaa penee so. \p \v 36 Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Sɛ wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ bɔ no a, \v 37 fa saa kwan yi so kyerɛ me, mede oguan nwi bɛkata awiporowbea hɔ anadwo yi. Sɛ obosu fɔw oguan nwi no, na sɛ ɛho amfɔw a, na mahu sɛ ampa ara, wonam me nsa so begye Israel sɛnea woahyɛ ho bɔ no.” \v 38 Na saa na ɛbae. Gideon sɔree adekyee kyii oguan nwi no, onyaa nsu ade ma. \p \v 39 Afei, Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mma wo bo mfuw me. Ma mimmisa ade baako. Ma memfa oguan nwi no nsɔ biribi nhwɛ. Saa bere yi de, ma oguan nwi no nyɛ wosee na baabi a ɛda hɔ no nyinaa mfɔw.” \v 40 Anadwo no, Onyankopɔn yɛɛ sɛnea Gideon bisae no. Anɔpa no oguan nwi no yɛɛ wosee a na obosu afɔw fam hɔ nyinaa. \c 7 \s1 Gideon Di Midianfo So Nkonim \p \v 1 Anɔpahema, Yerub-Baal (a ɔne Gideon) ne nʼakofo kɔɔ ara kosii Harod asu ho. Midian asraafo nso bɔɔ tukuw wɔ atifi fam wɔ obon bi a ɛbɛn More bepɔw no. \v 2 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Gideon se, “Akofo a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfo a, Israelfo no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wogyee wɔn ho sii hɔ. \v 3 Ɛno nti, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara a ɔyɛ bɔtee anaa osuro no, onyi ne ho mfi mu na ɔnkɔ fie.’ ” Wɔn mu mpem aduonu abien na wɔkɔɔ fie, na ɛkaa wɔn mu mpem du a wɔpɛe sɛ wɔbɛko. \p \v 4 Nanso \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Gideon se, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asu no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.” \p \v 5 Bere a Gideon de nʼakofo no kɔɔ asu no ho no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Kyɛ nnipa no mu akuw abien. Fa nnipa a wɔbɔ nsu gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma taforo no sɛ akraman no kɔ kuw baako mu. Kuw a ɛto so abien no nso, fa wɔn a wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu wɔ asuwa mu no hyɛ mu.” \v 6 Mmarima no mu ahaasa pɛ na na wɔnom nsu fi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu fi asuwa no mu. \p \v 7 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Gideon se, “Menam saa mmarima ahaasa yi so begye mo, na mama moadi Midianfo no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.” \v 8 Enti Gideon gyigyee wɔn akwansoduan ne ntorobɛnto fii akofo no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahaasa no kaa ne nkyɛn. \p Na Midianfo no atenae wɔ obon a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ. \v 9 Anadwo no, \nd Awurade\nd* kae se, “Sɔre! Kɔ Midianfo no atenae no mu wɔ ase hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim! \v 10 Na sɛ wusuro sɛ wobɛkɔ akɔtow ahyɛ wɔn so a, wo ne wo somfo Pura nkɔ hɔ. \v 11 Tie nea Midianfo no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woatow ahyɛ wɔn so.” \p Enti Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfo no atenae no mfikyiri. \v 12 Saa bere no na Midianfo, Amalekfo ne nnipa no nkae a wofifi apuei fam no abɛfɔre so te sɛ mmoadabi wɔ obon no mu. Na wɔn yoma nso dodow te sɛ mpoano nwea. Wɔdɔɔso dodo! \p \v 13 Gideon weawea koduu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne dae a ɔsoo akyerɛ nʼadamfo bi se, “Mesoo dae na brodo kurukuruwa bi atew abɛhwe Midianfo atenae. Ɛkɔpem ntamadan no bi na ebu faa so ma ɛkɔhwee ase.” \p \v 14 Nʼadamfo no kae se, “Wo dae no kyerɛ ade baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne dɔm nyinaa so nkonimdi ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.” \p \v 15 Bere a Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree Onyankopɔn. Ɔsan baa Israel atenae mu teɛɛ mu se, “Monsɔre! \nd Awurade\nd* de Midianfo ahyɛ mo nsa.” \v 16 Ɔkyɛɛ mmarima ahaasa no mu akuwakuw abiɛsa. Ɔde ntorobɛnto ne dɔte kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn. \p \v 17 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ me. Munni mʼakyi. Sɛ midu atenae no mfikyiri a, nea mɛyɛ biara no, monyɛ bi. \v 18 Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntorobɛnto no a, mo a moatwa atenae no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo de na monteɛ mu se, ‘Yɛko ma Onyankopɔn ne Gideon.’ ” \p \v 19 Anadwo dasum a wɔasesa awɛmfo no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no koduu Midianfo atenae mfikyiri. Mpofirim wɔhyɛn wɔn ntorobɛnto no, bobɔɔ dɔte nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no. \v 20 Afei akuw abiɛsa no nyinaa hyɛn wɔn ntorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wokurakura ogyatɛn a ɛredɛw no wɔ wɔn nsa benkum mu na wokurakura ntorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteɛɛ mu se, “\nd Awurade\nd* afoa yɛ Gideon afoa!” \v 21 Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenae no ho, hwɛɛ Midianfo no sɛ wɔabɔ huboa reteɛteɛ mu na wɔreguan. \p \v 22 Bere a Israelfo ahaasa no hyɛn wɔn ntorobɛnto no, \nd Awurade\nd* maa wɔn atamfo akofo a wɔwɔ atenae hɔ no twaa wɔn ho de afoa ne wɔn ho wɔn ho koe. Wɔn a wɔanwu no guan koduu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hye a ɛbɛn Tabat so. \p \v 23 Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofo a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian nsraadɔm a wɔreguan no. \v 24 Gideon tuu abɔfo kɔɔ Efraim mmepɔw aman no so kɔkae se, “Mommra mmɛtow nhyɛ Midianfo so. Munhyia wɔn wɔ Yordan aworoe so a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.” \p Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no. \v 25 Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wokum Oreb wɔ Oreb botan so, na wokum Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamoa ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfo no. Akyiri no, Israelfo no de Oreb ne Seeb ti no brɛɛ Gideon a na saa bere no ɔwɔ Yordan ho no. \c 8 \s1 Gideon Kum Seba Ne Salmunna \p \v 1 Afei, Efraimfo no bisaa Gideon se, “Adɛn nti na woyɛ yɛn saa? Adɛn nti na worekɔko atia Midian kan no, woamfrɛ yɛn?” Na wɔne Gideon kasaa anibere so. \p \v 2 Na Gideon buaa wɔn se, “Dɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twabere akyi no nye nsen Abieser bobe a wɔtewee nyinaa? \v 3 Onyankopɔn maa mudii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Dɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ eyi?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuae no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam. \p \v 4 Gideon ne ne mmarima ahaasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwɔ mu sɛ na wɔabrɛ de, nanso wɔtoaa so taa atamfo no. \v 5 Woduu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofo a wɔwɔ hɔ no se, “Momma mʼakofo no aduan nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.” \p \v 6 Na Sukot ntuanofo no buae se, “Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofo no aduan adi.” \p \v 7 Gideon buae se, “Sɛ Awurade ma midi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsan aba de sare so nsɔe ne akraate abesunsuan mo honam ani.” \p \v 8 Na Gideon fii hɔ kɔɔ Penuel\f + \fr 8.8 \fr*\ft Penuel yɛ baabi a Yakob ne Onyankopɔn peree so no.\ft*\f* kɔsrɛɛ aduan bio, na onyaa mmuae koro no ara. \v 9 Na ɔka kyerɛɛ Penuelfo no se, “Sɛ mifi nkonimdi mu ba a, mebubu saa abantenten yi.” \p \v 10 Saa bere yi na Seba ne Salmuna ne akofo mpem dunum wɔ Karkor, aboafo a wofi apuei fam a na emu mpem ɔha aduonu atotɔ dedaw no nkaefo. \v 11 Gideon faa atutenafo kwan a ɛda Noba ne Yogbeha apuei fam no ho hyiae, na wɔtow hyɛɛ Midian nsraadɔm a na wɔn ani nna wɔn ho so no so. \v 12 Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no guanee, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofo nyinaa nnommum. \p \v 13 Eyi akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres tempɔn so sanee. \v 14 Ɛhɔ na ɔkyeree aberante bi a ofi Sukot. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkyerɛw nnipa aduɔson ason a wɔyɛ sodifo ne ntuanofo a wɔwɔ kurow no mu no din mma no. \v 15 Afei, Gideon san kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofo no se, “Seba ne Salmuna ni. Yɛbaa ha no mudii me ho fɛw, kae se, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofo a wɔabrɛ no aduan adi.’ ” \v 16 Afei Gideon faa kurow no mu ntuanofo kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde sare so nsɔe ne akraate twee wɔn aso. \v 17 Ɔsan dwiriw Penuel abantenten no guu fam, kunkum kurow no mu mmarima nyinaa. \p \v 18 Afei, obisaa Seba ne Salmuna se, “Mmarima a mukum wɔn wɔ Tabor no na wɔte dɛn?” \p Wobuae se, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.” \p \v 19 Gideon ka kyerɛɛ wɔn se, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ \nd Awurade\nd* te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.” \p \v 20 Ɔdan nʼani kyerɛɛ ne babarima panyin Yeter se, “Kum wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼafoa, efisɛ na ɔyɛ abarimaa nti na osuro. \p \v 21 Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon se, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanyin adwuma! Wʼankasa yɛ!” Enti Gideon kum wɔn baanu, faa adehye agude a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no. \s1 Gideon Asɔfotade Kronkron No \p \v 22 Na Israelfo no ka kyerɛɛ Gideon se, “Di yɛn so hene. Wo ne wo babarima ne wo nena bɛyɛ yɛn ahemfo, efisɛ woagye yɛn afi Midianfo nsam.” \p \v 23 Nanso Gideon buae se, “Merenni mo so hene na me babarima nso renni mo so hene. Awurade na obedi mo so.” \v 24 Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn se, mewɔ abisade baako. “Mo mu biara mma me asokaa baako a mofa fii asade a munya fii mo atamfo a mudii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfo a na wɔyɛ Ismaelfo no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asokaa). \p \v 25 Wobuaa se, “Yɛpene so dodo.” Wɔde nkataho sɛw fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asokaa a onyae beguu so. \v 26 Na sikakɔkɔɔ asokaa dodow a wonyae no karii kilogram aduonu ne akyi pɔw anan a nyanne nketewa ne kɔnmuade, Midian ahemfo adehye ahyehyɛde ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wɔn yoma kɔn mu nka ho. \v 27 Gideon de yɛɛ asɔfotade kronkron na ɔde sii kurow Ofra, ne kurow mu. Nanso ankyɛ na Israelfo no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdan afiri maa Gideon ne ne fifo. \p \v 28 Eyi ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛnea Israelfo dii Midianfo so nkonim a wɔantumi ansɔre bio. Gideon nna a etwa to bɛyɛ mfe aduanan mu no, na asomdwoe wɔ asase no so. \p \v 29 Afei, Yoas babarima Yerub-Baal san kɔɔ ne kurom. \v 30 Na ɔwɔ yerenom bebree nti ɔwoo mmabarima aduɔson. \v 31 Na ɔwɔ mpena nso wɔ Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek. \v 32 Gideon wui no na wanyin yiye. Na wosiee no wɔ nʼagya Yoas da mu wɔ Ofra wɔ Abieserfo abusuasase so. \p \v 33 Gideon wui ara pɛ, Israelfo no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit\f + \fr 8.33 \fr*\ft Baal-Berit yɛ onyame bi a na nʼasɔredan si Sekem.\ft*\f* wɔn nyame. \v 34 Wɔn werɛ fii \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn a ogyee wɔn fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no. \v 35 Na mpo, wɔanni nokware ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fifo wɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfo no ho. \c 9 \s1 Abimelek Di Hene Wɔ Sekem \p \v 1 Da koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne na nuabarimanom. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na fifo nkae no se, \v 2 “Mummisa ɔmanfo a wɔwɔ Sekem no se, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmabarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogya!” \p \v 3 Enti Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wotiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, efisɛ ɔyɛ wɔn busuani. \v 4 Wɔfaa dwetɛ sika nnwetɛbona aduɔson fi Baal-Berit nsɔre so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafo a wɔpenee so sɛ wubedi nʼakyi. \v 5 Ɔde asraafo no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɔbo bi so, na okunkum nʼagya mmabarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no guan kɔtɛwee baabi. \v 6 Enti Sekemfo ne Bet-Milofo yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaedum a ɛwɔ Sekem no ase. Wosii Abimelek wɔn so hene. \p \v 7 Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔw no atifi na ɔteɛɛ mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sekemfo muntie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo de a, muntie me! \v 8 Bere bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wosi wɔn so hene. Nea edi kan no, wɔka kyerɛɛ ngodua se, ‘Bedi yɛn so hene!’ \p \v 9 “Nanso, wampene so kae se, ‘Adɛn? Minnyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa anuonyam no, na minkokyinkyin nnua a aka so ana?’ \p \v 10 “Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma se ‘Bedi yɛn so hene!’ \p \v 11 “Borɔdɔma nso buae se, ‘Na minnyae aba sow na minkyin nnua afoforo so?’ \p \v 12 “Afei wɔka kyerɛɛ bobe se, ‘Bedi yɛn so hene.’ \p \v 13 “Na bobe no buae se, ‘Sɛ migyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigye no ma a, na afei na merebekyin nnua bi so ana?’ \p \v 14 “Ne korakora ne sɛ, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nsɔe se, ‘Bedi yɛn so hene.’ \p \v 15 “Na nsɔe buae se, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me besi mo so hene a, mommra mmɛhyɛ me nwini yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon sida nyinaa.’ \p \v 16 “Afei mugye di sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so hene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefo nyinaa apɛde. Moayɛ nea ɛfata ama mʼagya ana? \v 17 Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔre bere a ogyee mo fii Midianfo nsam no. \v 18 Na nnɛ, moasɔre atia mʼagya ne nʼasefo, akunkum ne mmabarima aduɔson wɔ ɔbo baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne somfobea babarima asi Sekem manfo so hene, sɛ ɔyɛ mo busuani nti. \v 19 Sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefo a, ɛno de mubenya ahosɛpɛw wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛw wɔ mo mu. \v 20 Sɛ nea moayɛ no mfa ne kwan mu de a, ɛno de, ogya mfi Abimelek nkyɛn mmɛhyew mo, Sekemfo ne Bet-Milofo. Na ogya nso mfi Sekemfo ne Bet-Milofo nkyɛn mmɛhyew Abimelek!” \p \v 21 Na esiane Abimelek ho suro nti, ne nuabarima Yotam guan kɔtenaa Beer. \s1 Sekem Sɔre Tia Abimelek \p \v 22 Abimelek dii Israel so mfe abiɛsa akyi no, \v 23 Onyankopɔn somaa honhom fi bi ma ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanyimfo ntam na wɔtew atua. \v 24 Nsɛm a esisii akyi yi mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfo aso sɛ wokunkum Yerub-Baal mmabarima aduɔson no. \v 25 Sekem mmarima bi kɔtɛwee Abimelek wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɔɔ obiara a otwaa mu wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kotii nʼase. \p \v 26 Saa bere no, Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom kɔɔ Sekem. Na Sekemfo no nyaa wɔn mu awerehyɛmu. \v 27 Bere a wɔredi Otwabere Afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi nsɔree so no, bobesa buu so wɔ hɔ maa obiara fitii ase domee Abimelek. \v 28 Gaal teɛɛ mu se, “Hena ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfo? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne man ho nhyehyɛe ma no. Monsom nnipa a wofi Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefo kann. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek? \v 29 Sɛ mewɔ tumi a, anka meyi Abimelek afi hɔ. Anka mɛka akyerɛ no se, ‘Pɛ asraafo bebree bra bɛko!’ ” \p \v 30 Na Sebul a otua kurow no ano tee nea Gaal rekeka no, ne bo fuwii. \v 31 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Abimelek nkyɛn wɔ Aruma, kɔka kyerɛɛ no se, “Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfo no aso sɛ wɔnsɔre ntia wo. \v 32 Fa asraafo bra anadwo bɛtɛw mfuw yi mu. \v 33 Ade kyee ara pɛ, tow hyɛ kuropɔn yi so. Na sɛ Gaal ne nʼapamfo ba betia wo a, nea wopɛ biara wutumi yɛ wɔn.” \p \v 34 Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuw anan de twaa Sekem ho hyiae. \v 35 Bere a Abimelek ne nʼakofo pue fii ahintawee mu no, na Gaal gyina kurow no pon ano. \v 36 Bere a Gaal huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul se, “Hwɛ, nnipa bi fi bepɔw no so reba!” \p Sebul buae se, “Ɛyɛ mmepɔw no sunsuma na ayɛ sɛ nnipa no.” \p \v 37 Nanso Gaal san kae se, “Dabi, nnipa bi resian mmepɔw no. Na kuw foforo nso nam ɔkwan a ɛfa Akɔmfo Dupɔn ho no reba.” \p \v 38 Afei, Sebul dan guu ne so se, “Anosɛm a na woyɛ no ase ne dɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokae se ‘Hena ne Abimelek, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Ɛnyɛ nnipa yi na wudii wɔn ho fɛw no? Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!” \p \v 39 Enti Gaal dii Sekem mmarima anim sɛ wɔrekɔko atia Abimelek, \v 40 nanso odii nkogu na oguanee. Wokunkum Sekem akofo bebree sɛw wɔn afunu kɛtɛ wɔ ɔkwan a ɛkɔ kuropɔn no pon ano no so. \v 41 Abimelek tenaa Aruma na Sebul pam Gaal ne ne nuanom mmarima fii Sekem. \p \v 42 Ade kyee no, Sekemfo no kɔɔ wura mu sɛ wɔrekɔko. Abimelek tee no, \v 43 ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuwakuw abiɛsa ma wɔkɔtetɛw wura mu. Bere a Abimelek huu sɛ nnipa no fi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no fii wɔn ahintawee mu tow hyɛɛ wɔn so. \v 44 Abimelek ne ne kuw no kogyee kuropɔn no pon ano hɔ fae sɛnea ɛbɛyɛ a Sekemfo rentumi nsan wɔn akyi. Afei, akuw abien tow hyɛɛ Sekemfo a wɔwɔ wuram hɔ no so kunkum wɔn. \v 45 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Okunkum nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene wɔ hɔ nyinaa. \p \v 46 Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wokohintaw Baal-Berit nsɔree so. \v 47 Obi kɔbɔɔ Abimelek amanneɛ sɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano wɔ nsɔree so hɔ, \v 48 enti odii nʼakofo anim kɔɔ Salmon Bepɔw so. Ɔfaa abonnua twaa mman bi fii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Ntɛm, nea mayɛ yi, monyɛ bi!” \v 49 Enti wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛnea Abimelek yɛe no. Wɔboaa mman no ano wɔ nsɔree so no afasu ho de ogya too mu. Enti nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodow bɛyɛ mmarima ne mmea apem no nyinaa wuwui. \p \v 50 Afei Abimelek tow hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so. \v 51 Nanso na abandennen bi wɔ kuropɔn no mu. Ɛno nti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa guan kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho pon mu, foforo kɔɔ abandennen no atifi pɛɛ. \v 52 Abimelek toaa wɔn sɛ ɔrekɔtow ahyɛ abandennen no so. Ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔreto mu gya pɛ, \v 53 ɔbea bi a ɔwɔ abandennen no atifi gyaa awiyammo mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛtɛw ne ti koraa. \p \v 54 Abimelek ka kyerɛɛ aberante a okura nʼakode no se, “Twe wʼafoa na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbeabasia na okum Abimelek!” Enti aberante no de nʼafoa wɔɔ no maa owui. \v 55 Bere a Abimelek nkurɔfo huu sɛ wawu no, wɔde wɔn akode guu hɔ san kɔɔ wɔn afi mu. \p \v 56 Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ okum ne nuabarimanom aduɔson no. \v 57 Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahorow a wɔyɛɛ no ho. Ɛno nti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu. \c 10 \s1 Tola Bɛyɛ Israel So Temmufo \p \v 1 Abimelek wu akyi no, Pua a ɔyɛ Dodo aseni no babarima Tola ba begyee Israel. Na ofi Isakar abusuakuw mu, nanso ɔtenaa Samir a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so. \v 2 Ɔyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abiɛsa. Owui no, wosiee no wɔ Samir. \s1 Yair Bɛyɛ Israel So Temmufo \p \v 3 Tola wu akyi no, Yair a ofi Gilead bɛyɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu abien. \v 4 Na ne mmabarima aduasa tena wɔn mfurum so kyinkyin, na wodi nkurow aduasa so wɔ Gilead asase so, a ebesi nnɛ wɔfrɛ hɔ Yair Nkurow. \v 5 Yair wui na wosiee no Kamon. \s1 Amonfo Hyɛ Israelfo So \p \v 6 Bio, Israelfo yɛɛ \nd Awurade\nd* ani so bɔne. Wɔsom Baal ne Astoret ahoni ne Aram, Sidon, Moab, Amon ne Filisti anyame. Wɔtwee wɔn ho fii \nd Awurade\nd* ho a wɔansom no koraa. \v 7 Enti \nd Awurade\nd* bo fuw Israelfo, na ɔde wɔn hyɛɛ Filistifo ne Amorifo nsa, \v 8 na wofii ase hyɛɛ wɔn so saa afe no. Wɔhyɛɛ Israelfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Amorifo (wɔ Gilead) asase no so mfe dunwɔtwe. \v 9 Amorifo no nso twaa Yordan kɔɔ atɔe fam kɔtow hyɛɛ Yuda, Benyamin ne Efraim so, Israelfo kɔɔ ahokyere kɛse mu. \v 10 Afei Israelfo su frɛɛ \nd Awurade\nd* se, “Yɛayɛ bɔne atia wo, efisɛ yɛatwe yɛn ho afi yɛn Nyankopɔn ho na yɛasom Baal ahoni.” \p \v 11 \nd Awurade\nd* buae se, “Mannye mo amfi Misraimfo, Amorifo, Amonfo, Filistifo, \v 12 Sidonfo, Amalekfo ne Maonfo nsam? Bere a wɔhyɛɛ mo so no, musu frɛɛ me na migyee mo. \v 13 Nanso moagyaw me akɔsom anyame foforo. Ɛno nti, merennye mo bio. \v 14 Munkosu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wonnye mo bere a morehu amane yi.” \p \v 15 Nanso Israelfo no kɔɔ so srɛɛ \nd Awurade\nd* se, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛnea ɛfata. Nanso gye yɛn fi yɛn atamfo nsam nnɛ.” \v 16 Na Israelfo no tow ananafo anyame no guu nkyɛn bɛsom \nd Awurade\nd*. Na \nd Awurade\nd* ho yeraw no wɔ wɔn ahokyere no ho. \p \v 17 Saa bere no na Amonfo asraafo aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Israel asraafo so wɔ Mispa. \v 18 Na Gilead ntuanofo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Obiara a obedi kan atow ahyɛ Amonfo so no bɛyɛ nea obedi Gileadfo nyinaa so.” \c 11 \s1 Yefta Bɛyɛ Israel So Temmufo \p \v 1 Gileadni Yefta yɛ ɔkofo kɛse. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne na yɛ ɔbea guamanfo. \v 2 Gilead yere woo mmabarima bebree, na saa mmabarima no nyinyinii no, wɔpam Yefta fii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no se, “Worennya yɛn agya agyapade biara, efisɛ woyɛ ɔbea guamanfo bi ba.” \v 3 Enti Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛ, onyaa atuatewfo bebree bedii nʼakyi. \p \v 4 Bere koro yi ara, Amonfo de ɔko bɛkaa Israel. \v 5 Bere a Amonfo tow hyɛɛ Israelfo so no, Gilead mpanyimfo soma kɔfaa Yefta fii Tob asase so bae. Wɔka kyerɛɛ no se, \v 6 “Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfo nko.” \p \v 7 Yefta bisaa wɔn se, “Ɛnyɛ mo na motan me, pam me fii mʼagya fi no? Adɛn nti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?” \p \v 8 Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta se, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wudi yɛn anim ma yɛko tia Amonfo a, yɛbɛyɛ wo Gileadfo nyinaa sodifo.” \p \v 9 Yefta buae se, “Sɛ me ne mo kɔ na \nd Awurade\nd* ma midi Amonfo so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifo ana?” \p \v 10 Gilead ntuanofo no buaa no se, “\nd Awurade\nd* ne yɛn dansefo. Yɛbɛyɛ sɛnea woka biara.” \v 11 Enti Yefta ne ntuanofo no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifo ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ \nd Awurade\nd* anim. \p \v 12 Afei, Yefta somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene nkyɛn se wonkobisa no nea enti a ɔrebɛtow ahyɛ Israel so. \v 13 Amonfo hene buaa Yefta abɔfo no se, “Bere a Israel fii Misraim bae no, wɔfaa mʼasase a efi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, toa so kosi Yordan. Enti san fa mʼade ma me asomdwoe mu.” \p \v 14 Na Yefta san somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene hɔ se, \pm \v 15 “Sɛnea Yefta se ni: Israel amfa Moab asase anaa Amonfo asase biara. \v 16 Bere a Israelfo tuu kwan fii Misraim, twaa Po Kɔkɔɔ na woduu Kades no, \v 17 wɔsomaa abɔfo kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfo tenaa Kades. \pm \v 18 “Ne korakora ne sɛ, wɔnam sare so twa faa Edom ne Moab ho hyiae. Wɔfaa Edom apuei fam hye so kyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so. \pm \v 19 “Afei, Israelfo somaa abɔfo kɔɔ Amorihene Sihon a odii ade fi Hesbon na wɔsrɛɛ kwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ no. \v 20 Nanso esiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfo mu gyidi nti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas ma wɔtow hyɛɛ wɔn so. \pm \v 21 “Na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, maa ne nkurɔfo dii ɔhene Sihon so. Enti Israelfo faa Amorifo asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu, \v 22 fi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, fi sare no so de kosi Yordan nyinaa dii so. \pm \v 23 “Enti moahu, ɛyɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn na ogyee asase no fii Amorifo nsam na ɔde maa Israel. Adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo? \v 24 Nea mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, nea \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa. \v 25 So wosen Mosen, Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel hamee anaa koe ana? \v 26 Na afei, mfe ahaasa akyi na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa bere tenten yi, wɔatrɛw afi Hesbon asase so, akosi Aroer ne nkurow no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn nti na mmere sann yi moanyɛ mo adwene sɛ mubegye asase yi? \v 27 Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ motow hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ otemmufo no mmua nnɛ, sɛ yɛn mu hena na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.” \m \v 28 Nanso Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛnhia. \s1 Yefta Ntam \p \v 29 Saa bere no, \nd Awurade\nd* Honhom baa Yefta so maa ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na odii asraafo anim tow hyɛɛ Amonfo so. \v 30 Na Yefta hyɛɛ \nd Awurade\nd* bɔ. Ɔkae se, “Sɛ woma midi Amonfo so a, \v 31 mede ade a ebedi kan afi me fi abehyia me bere a mede nkonimdi reba no, bɛma \nd Awurade\nd*. Mede bɛma no sɛ ɔhyew afɔre.” \p \v 32 Ɛnna Yefta dii nʼakofo anim tiaa Amonfo, na \nd Awurade\nd* ma odii nkonim. \v 33 Odii Amonfo so pasaa, sɛee nkurow bɛyɛ aduonu, fii Aroer de kosii baabi a ɛbɛn Minit, kɔe ara kosii Abel-Keramim. Saa kwan yi so na Israelfo fa kaa Amonfo hyɛe. \p \v 34 Bere a Yefta fi akono kɔɔ ne fi wɔ Mispa no, ne babea, a ɔyɛ ne ba koro no, tuu mmirika behyiaa no a ɔrebɔ akasae, na anigye nti, ɔresaw. \v 35 Yefta huu no no, ɔde awerɛhow sunsuan ne ntade mu, teɛɛ mu se, “Ao, me ba! Woabrɛ me ase na matetew apansam. Na maka \nd Awurade\nd* ntam na merentumi mmu so.” \p \v 36 Ne babea no buae se, “Mʼagya, woahyɛ \nd Awurade\nd* bɔ. Yɛ me sɛnea woahyɛ bɔ no, efisɛ \nd Awurade\nd* ama woadi wʼatamfo a wɔyɛ Amonfo no so nkonim. \v 37 Nanso nea edi kan no, ma memforo mmepɔw nkokyinkyin so na me ne me nnamfonom nsu asram abien, efisɛ mewu sɛ ababaa a minhuu ɔbarima da.” \p \v 38 Yefta ka kyerɛɛ no se, “Wutumi kɔ.” Enti ɔmaa no kɔ kodii asram abien. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔw no so kosui, efisɛ ɔrennya mma. \v 39 Bere a ɔsan baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti owui sɛ ababaa a onhuu ɔbarima da. \p Eyi abɛyɛ amanne wɔ Israel \v 40 ama Israel mmabun sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akodi nnaanan na wɔakosu Yefta babea no nkrabea. \c 12 \s1 Efraim Ne Yefta Ko \p \v 1 Efraim abusuakuw no boaboaa asraafo ano twa kɔɔ Safon. Wɔde nkra yi kɔmaa Yefta: “Adɛn nti na woansoma ammɛka ankyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛboa mo nko ntia Amonfo? Yɛrebɛhyew wo ne wo fi nyinaa pasaa!” \p \v 2 Yefta buae se, “Mansotwe no mfiase no, mefrɛɛ mo, nanso moamma. Moammɛboa annye me wɔ Amonfo nsam. \v 3 Mede me nkwa too me nsam kɔkoe a monnka ho, nanso \nd Awurade\nd* ma midii Amonfo so nkonim. Na adɛn nti na afei woaba sɛ wo ne me rebɛko?” \p \v 4 Efraimfo ntuanofo no buae se, “Gileadfo nyɛ nnipa biara sɛ aguanfo a wofi Efraim ne Manase.” Enti Yefta frɛɛ nʼakofo; wɔtow hyɛɛ Efraimfo so, dii wɔn so nkonim. \p \v 5 Yefta ko faa Yordan aworoe so. Bere biara a oguanfo bi a ofi Efraim pɛ sɛ ɔfa hɔ guan kɔ nʼakyi no, Gileadfo no bisa no se, “Wufi Efraim abusua mu ana?” Sɛ ɔbarima no bua se, “Dabi” a, \v 6 wɔka kyerɛ no se, ɔnka “Sibolet.” Sɛ ofi Efraim a, ɔka, “Sibolet,” Efisɛ nnipa a wofi Efraim no ntumi nka saa asɛm no yiye. Sɛ ɛba saa a, na wɔakyere no akokum no wɔ Asubɔnten Yordan aworoe so hɔ. Enti Efraimfo mpem aduanan abien na wokunkum wɔn saa bere no. \p \v 7 Yefta yɛɛ Israel so temmufo mfe asia. Owui no, wosiee no wɔ Gilead nkurow no baako so. \s1 Ibsan Bɛyɛ Israel So Temmufo \p \v 8 Yefta akyi no, Ibsan na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Ɔtenaa Betlehem. \v 9 Na ɔwɔ mmabarima aduasa ne mmabea nso aduasa. Ɔmaa ne mmabea no wareware fii mmusua foforo mu. Ne mmabarima no de, ɔfaa mmabun aduasa fii mmusua foforo mu ma wɔbɛwarewaree wɔn. Ibsan buu Israel atɛn mfe ason. \v 10 Owui no, wosiee no wɔ Betlehem. \s1 Elon Bɛyɛ Israel So Temmufo \p \v 11 Ibsan akyi no, Elon a ofi Sebulon na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. Obuu Israel atɛn mfe du. \v 12 Bere a owui no, wosiee no wɔ Ayalon, Sebulon asase so. \s1 Abdon Bɛyɛ Israel So Temmufo \p \v 13 Elon wu akyi no, Hilel babarima Abdon a ofi Piraton na ɔbɛyɛɛ otemmufo wɔ Israel. \v 14 Onyaa mmabarima aduanan ne nananom aduasa a na wɔn mu biara tena mfurum so. Ɔyɛɛ otemmufo wɔ Israel mfe awotwe. \v 15 Owu ma wosiee no wɔ Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfo bepɔw asase no so. \c 13 \s1 Samson Awo \p \v 1 Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, enti \nd Awurade\nd* de wɔn hyɛɛ Filistifo nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfe aduanan. \p \v 2 Saa bere no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ofi Dan abusuakuw mu. Na ne yere nnya awo, enti na wonni mma. \v 3 \nd Awurade\nd* bɔfo yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kae se, “Ɛwɔ mu sɛ wonwoe de, nanso ɛrenkyɛ worebenyinsɛn na woawo ɔbabarima. \v 4 Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsa a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwade. \v 5 Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan renka ne ti, efisɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn fi awo mu. Obegye Israel afi Filistifo nsam.” \p \v 6 Ɔbea no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ sɛ, “Onyankopɔn nipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfo no mu baako a ne ho yɛ hu yiye. Mammisa no baabi a ofi bae, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. \v 7 Nanso ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwade. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu kosi bere a obewu.’ ” \p \v 8 Na Manoa bɔɔ \nd Awurade\nd* mpae se, “Ao \nd Awurade\nd*, mesrɛ wo, ma Onyankopɔn nipa no nsan mmra yɛn nkyɛn na ɔmmɛkyerɛ yɛn nhyehyɛe a ɛfa abarimaa a wɔbɛwo no no ho.” \p \v 9 Onyankopɔn tiee Manoa. Ɔbɔfo no yii ne ho adi kyerɛɛ no bio wɔ bere a ɔwɔ afum. Nanso na ne kunu Manoa nka ne ho wɔ hɔ. \v 10 Ɔbea no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Ɔbarima a oyii ne ho adi kyerɛɛ me da no aba bio!” \p \v 11 Manoa yɛɛ ntɛm dii ne yere akyi. Oduu ɔbarima no ho no, obisaa no se, “Wo na wokaa biribi kyerɛɛ me yere no ana?” \p Obuae se, “Yiw, ɛyɛ me.” \p \v 12 Enti Manoa bisaa no se, “Sɛ nsɛm a woaka no ba mu a, mmara bɛn na ɛwɔ hɔ fa abarimaa no asetena ne nʼadwumayɛ ho?” \p \v 13 \nd Awurade\nd* bɔfo no buae se, “Hwɛ sɛ wo yere bedi nhyehyɛe a mekyerɛɛ no no so. \v 14 Ɛnsɛ sɛ odi bobe anaa biribiara a efi bobe mu. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Ɛnsɛ sɛ odi aduan biara a ɛyɛ akyiwade.” \p \v 15 Enti Manoa ka kyerɛɛ \nd Awurade\nd* bɔfo no se, “Mesrɛ wo, tena ha kosi sɛ yebesiesie abirekyi ba bi ama woadi ansa na woakɔ.” \p \v 16 \nd Awurade\nd* bɔfo no buae se, “Mɛtena, nanso, merenni biribiara. Mmom, mutumi siesie ɔhyew afɔre sɛ afɔrebɔde de ma \nd Awurade\nd*.” (Na Manoa anhu sɛ ɔyɛ \nd Awurade\nd* bɔfo.) \p \v 17 Afei, Manoa bisaa \nd Awurade\nd* bɔfo no se, “Wo din de dɛn? Sɛ nsɛm yi nyinaa ba mu a, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo anuonyam.” \p \v 18 \nd Awurade\nd* bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na wubisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente ase.” \p \v 19 Afei, Manoa faa abirekyi ba no ne aduan afɔrebɔde de bɔɔ afɔre wɔ ɔbotan bi so maa \nd Awurade\nd*. Na Manoa ne ne yere rehwɛ no, Awurade yɛɛ anwonwade bi. \v 20 Ogyaframa a ɛwɔ afɔremuka no mu no teɛ kɔɔ wim no, \nd Awurade\nd* bɔfo no faa mu foro kɔe. Na Manoa ne ne yere huu saa no, wɔde wɔn anim butubutuw fam. \p \v 21 Ɔbɔfo no anyi ne ho adi bio ankyerɛ Manoa ne ne yere. Afei, Manoa huu sɛ ɛyɛ \nd Awurade\nd* bɔfo, \v 22 na ɔka kyerɛɛ ne yere se, “Yebewuwu, efisɛ yɛahu Onyankopɔn!” \p \v 23 Nanso ne yere kae se, “Sɛ Awurade bekum yɛn a, anka wannye yɛn ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no. Anka ɔrenyi ne ho adi nkyerɛ yɛn, nka anwonwasɛm nkyerɛ yɛn, nyɛ saa anwonwade yi nso.” \p \v 24 Ɔbea no woo ne babarima no, wɔtoo ne din Samson. Na abofra no renyin no, Awurade hyiraa no. \v 25 Na bere a ɔwɔ Mahane Dan a ɛwɔ Sora ne Estaol ntam no, \nd Awurade\nd* Honhom fii ase baa ne so. \c 14 \s1 Samson Aware Ne Nʼaborɔme No \p \v 1 Da bi a na Samson wɔ Timna\f + \fr 14.1 \fr*\ft Timna yɛ kurow bi a na ɛwɔ Dan (\+xt Yos 19.43\+xt*). Na Filistifo te saa kurow yi mu ansa na Israelfo rebɛfa hɔ.\ft*\f* no, ohuu Filistini ababaa bi. \v 2 Ɔsan kɔɔ fie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne na se, “Mahu Filistini ababaa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.” \p \v 3 Nʼagya ne ne na ampene so kaa no anibere so se, “Enti yɛn abusua yi mu anaa Israelfo yi mu, ɔbea baako mpo nni mu a wutumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifo abosonsomfo mu kɔhwehwɛ ɔyere?” \p Nanso Samson ka kyerɛɛ nʼagya se, “Kɔyɛ ne ho ade ma me. Ɔno ara na mepɛ.” \v 4 Nʼagya ne ne na anhu sɛ \nd Awurade\nd* na ɔreyɛ nʼadwuma, rehwehwɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifo a saa bere no na wodi Israelfo so. \p \v 5 Samson ne nʼawofo rekɔ Timna no, gyata ba bi tow hyɛɛ Samson so wɔ beae bi a ɛbɛn Timna bobe nturo. \v 6 Amono mu hɔ ara, \nd Awurade\nd* Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no abogye. Ɔwaee te sɛ nea ɔrewae abirekyi ba bi abogye. Nanso wanka nea ɔyɛe yi ankyerɛ nʼawofo. \v 7 Samson duu Timna no, ɔne ɔbea no kasae, na nʼani gyee ne ho. \p \v 8 Akyiri no a ɔresan akɔ Timna akohyia ayeforo no, ɔman kɔhwɛɛ gyata no funu no. Ohuu sɛ nnowa kuw akɔyɛ ɛwo wɔ mu. \v 9 Okotii ɛwo no bi dii wɔ kwan so. Ɔmaa nʼawofo no bi ma wodii. Nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ onyaa ɛwo no wɔ gyata funu no mu. \p \v 10 Afei, bere a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregye no, Samson too pon wɔ Timna, sɛnea amanne kyerɛ saa bere no. \v 11 Wɔtoo nsa frɛɛ mmerante aduasa a wofi kurow no mu sɛ wɔmmɛka ne ho. \v 12 Samson ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson aponto yi mu, mutumi yi ano a, mɛma mo sirikyitam ntade aduasa ne ntade ahorow bi nso aduasa. \v 13 Sɛ moantumi anyi ano nso a, mo nso mobɛma me sirikyitam ntade aduasa ne ntade ahorow bi nso aduasa.” \p Wɔka kyerɛɛ no se, “Ka aborɔme no ma yentie.” \p \v 14 Ɔkaa no se, \q1 “Nea odidi mu na wonya biribi a wodi; \q2 ɔhoɔdenfo mu na ade dɛɛdɛ fi ba.” \m Nnansa akyi no, na wontumi nyii ano. \p \v 15 Ne nnaanan so no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere se, “Gye aborɔme no mmuae fi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhyew wo ne wʼagya fi ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebesisi yɛn ana?” \p \v 16 Enti Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkae se, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfo, nanso wonkyerɛɛ me ase.” \p Samson buaa ne yere no se, “Saa ara na mʼagya ne me na nso menkyerɛɛ wɔn ase ɛ. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?” \v 17 Enti osu guu ne so bere biara a ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na aponto no aba nʼawie nyinaa. Nnanson so no, esiane haw a ɔhaw no nti, ɔkyerɛɛ no ase. Ɔno nso kaa aborɔme nkyerɛase no kyerɛɛ mmerante no. \p \v 18 Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kurow no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no ase se, \q1 “Dɛn na ɛyɛ dɛ sen ɛwo? \q1 Dɛn na ɛwɔ ahoɔden sen gyata?” \p Samson buaa wɔn se, “Sɛ mo ne ɔfatwafo no antu agyina a, anka morennya aborɔme no nkyerɛase.” \p \v 19 Afei, \nd Awurade\nd* Honhom de ahoɔden kɛse bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon\f + \fr 14.19 \fr*\ft Na Askelon yɛ Filisti kurow.\ft*\f* kurow mu. Okunkum mmarima aduasa faa wɔn agyapade nyinaa. Ɔde wɔn ntade maa mmarima a woyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo nea ɛbae no ho yiye nti ɔkɔɔ ne fi na ɔne nʼawofo kɔtenae. \v 20 Enti wɔde ne yere no maa ɔbarima a na odi Samson nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware. \c 15 \s1 Samson Aweretɔ Wɔ Filistifo So \p \v 1 Akyiri no, awitwabere mu no, Samson faa abirekyi ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn, nanso ɔbea no agya amma no mu kwan. \p \v 2 Ɔbea no agya no kae se, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno nti, mede no ama ɔbarima a na odi wʼanan ase wɔ mo ayeforohyia mu no. Nanso hwɛ ne nuabea ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.” \p \v 3 Samson kae se, “Saa bere yi, obiara rentumi mmɔ me sobo wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifo ho.” \v 4 Afei ofii hɔ kɔe, kɔkyeree sakraman ahaasa. Ɔkyekyeree sakraman abien abien dua bɔɔ ho, na ɔkyekyeree ogyatɛn fam dua abien biara ho. \v 5 Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa sakraman no tuu mmirika faa Filistifo mfuw mu. Ɔhyew wɔn awi nyinaa pasaa; nea wɔahyehyɛ wɔ san so ne nea wontwae nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobeturo ne ngonnua nyinaa. \p \v 6 Filistifo no bisae se, “Na hena na ɔyɛɛ saa amumɔyɛ yi?” Wɔn ara buae se, “Ɛyɛ Samson efisɛ nʼase barima a ofi Timna de Samson yere ama ɔbarima a na odi ne nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.” Enti Filistifo no kɔkyeree ɔbea no ne nʼagya hyew wɔn ma wowuwui. \p \v 7 Samson suae se, “Esiane nea moayɛ yi nti, metua mo so ka na merennyae ara da kosi sɛ me bo bɛtɔ me yam!” \v 8 Enti ɔde abufuw kɔtow hyɛɛ Filistifo no so kunkum wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam. \p \v 9 Filistifo no nso kyeree nsraban wɔ Yuda sɛee Lehi kurow no de tuaa ne so ka. \v 10 Yuda mmarima bisaa Filistifo no se, “Adɛn nti na motow hyɛ yɛn so saa?” \p Filistifo no buae se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Nea ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebetua no so ka.” \v 11 Enti Yudafo mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so? Dɛn na woreyɛ yɛn yi?” \p Nanso Samson buae wɔn se, “Nea wɔyɛɛ me no na mituaa wɔn so ka.” \p \v 12 Nanso Yuda mmarima ka kyerɛɛ no se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifo.” \p Samson kae se, “Monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa de, morenkum me.” \p \v 13 Wobuae se, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifo. Yɛrenkum wo.” Enti wɔde hama foforo abien guu ne so kyekyeree no papee, twee no fii ɔbotan no mu. \p \v 14 Samson duu Lehi no, Filistifo no bɔɔ ose. Na \nd Awurade\nd* Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetew ahama a egu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tetew fii ne nsakɔn guu fam. \v 15 Afei, ɔmaa afurum abogye bi a na ɛda fam so de kunkum Filistifo apem. \v 16 Na Samson kae se, \q1 “Mede afurum abogye, \q2 Ahɔre wɔn sɛ siw! \q1 Mede afurum abogye, \q2 akunkum mmarima apem!” \m \v 17 Na owiee kasa no, ɔtow abogye no kyenee. Na wɔtoo beae hɔ din Ramat-Lehi a ase ne Abogye bepɔw. \p \v 18 Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yiye nti osu frɛɛ \nd Awurade\nd* sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛse yi. Na enti osukɔm nkum me, na minwu wɔ saa abosonsomfo yi nsam ana?” \v 19 Enti Awurade maa nsu pue fii tokuru bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho san no. Na ɔtoo hɔ din se En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de besi nnɛ. \p \v 20 Samson yɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu; bere a na Filistifo di Israel asase so no. \c 16 \s1 Samson Tutu Gasa Apon \p \v 1 Da bi, Samson kɔɔ Filistifo kuropɔn Gasa mu, na ɔne ɔbea guamanfo bi kɔdaa anadwo no. \v 2 Ankyɛ na kurowmma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛn kurow no pon ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kae se, “Ade kye a yebekum no.” \p \v 3 Na Samson daa hɔ ara kosii ɔdasu mu. Ɔsɔre soo kurow no apon no ne nʼaponnua abien mu hodwow no, na otutuu dade abaa a ɛda akyi ne nea ɛkeka ho nyinaa. Ɔde ne nyinaa guu ne mmati so, soa de kɔɔ bepɔw bi a ɛne Hebron di nhwɛanim no atifi. \s1 Samson Ne Delila \p \v 4 Akyiri no, Samson nyaa ɔbea bi wɔ Sorek bon no mu a na wɔfrɛ no Delila. \v 5 Filistifo\f + \fr 16.5 \fr*\ft Na Filisti yɛ nkurow anum a aka abɔ mu a wɔwɔ ahemfo baanum.\ft*\f* ntuanofo no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Hwɛ sɛ wubetumi adaadaa Samson ama wakyerɛ wo nea ɛma onya ahoɔden saa ne sɛnea yebetumi adi ne so, akyekyere no papee a yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbona du abien ne fa.” \p \v 6 Enti Delila ka kyerɛɛ Samson se, “Mesrɛ wo kyerɛ me nea ɛma wo ahoɔden saa ne nea ɛbɛyɛ a wobetumi akyekyere wo papee.” \p \v 7 Samson buaa no se, “Sɛ obi de agyan so ahama ason a ɛnwoe kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ onipa biara.” \p \v 8 Enti Filistifo ntuanofo no de agyan so ahama ason a ɛnwoe brɛɛ Delila ma ɔde kyekyeree Samson. \v 9 Saa bere yi na ɔde mmarima ahintaw wɔ adan a ɛwɔ ne fi no baako mu; na ɔteɛɛ mu se, “Samson, Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Nanso ɔtetew agyan ahama ason a ɛnwoe no mu te sɛ hama bi a wɔde aka ogya a ɛdɛw. Enti wɔanhu nʼahoɔden no ahintasɛm. \p \v 10 Akyiri no, Delila ka kyerɛɛ no se, “Wudii me ho fɛw, twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛnea wobetumi akyekyere wo papee.” \p \v 11 Samson buaa no se, “Sɛ wɔde ntampehama amono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛw te sɛ onipa obiara.” \p \v 12 Enti Delila kɔfaa ntampehama amono de kyekyeree no. Saa bere no na mmarima no akɔtetɛw wɔ dan mu te sɛ kan no. Bio, Delila teɛɛ mu frɛɛ no se, “Samson! Filistifo aba sɛ wɔrebɛkyere wo!” Nanso Samson tetew ntampehama no mu fii ne nsa so te sɛ asaawa bi. \p \v 13 Delila ka kyerɛɛ no se, “Wudii me ho fɛw twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛnea wobetumi akyekyere wo papee ana?” \p Samson buaa no se, “Sɛ wonwen me tinwi mmɛsa ason no bɔ ntama bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ obiara.” Enti ɔdae no, Delila bɔɔ ne tinwi mmɛsa ason no \v 14 de bɔɔ ntama bamma a ɛwɔ akurokurowa no so. \p Bio, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyanee, twee akurokurowa no yii ne tinwi no fii ntama bamma no mu. \p \v 15 Delila sɔm nʼano kae se, “Wutumi ka sɛ wodɔ me, wɔ bere a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛw mprɛnsa, nanso wonkaa nea ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me ɛ!” \v 16 Oguan ne ho adekyee biara kosii sɛ afei na ne ho guan no. \p \v 17 Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no se, “Wonyii me tinwi da, efisɛ wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu. Sɛ woyi me tinwi a, mʼahoɔden no befi me mu ama mayɛ mmerɛw te sɛ obiara.” \p \v 18 Delila huu sɛ afei de waka nokware akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifo ntuanofo no se, “Mommra bio, efisɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti Filistifo ntuanofo no san wɔn akyi kɔfaa sika no bae. \v 19 Delila dɛfɛdɛfɛ Samson ma ɔdae a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi ba ma obeyii ne tinwi sɛnea ne kyere no bɛyɛ yiye. Na nʼahoɔden no fii ne mu. \v 20 Afei, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!” \p Onyan no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Mɛyɛ sɛnea kan no na meyɛ no; mɛwosow me ho agye me ho.” Nanso na onnim sɛ \nd Awurade\nd* afi ne mu. \p \v 21 Na Filistifo no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na woguu no kɔbere mfrafrae mpokyerɛ ma ɔyam atoko wɔ afiase. \v 22 Nanso ankyɛ na ne tinwi no fii ase fuwii. \s1 Samson Nkonimdi A Edi Akyiri \p \v 23 Filistifo ntuanofo no hyɛɛ fa kɛse bi, bɔɔ afɔre maa wɔn nyame Dagon dii ahurusi kae se, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn tamfo no ahyɛ yɛn nsam!” \p \v 24 Bere a nnipa no huu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kae se, \q1 “Yɛn nyame de yɛn tamfo \q2 ahyɛ yɛn nsam; \q1 nea okunkum yɛn mu bebree no, \q2 yɛn nsa aka no!” \p \v 25 Nnipa no bow nsa kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ommegye yɛn ani.” Enti woyii Samson fii afiaase. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum abien a ekura ɔdan no nkuruso no ntam. \p \v 26 Samson ka kyerɛɛ ɔsomfo a okura ne nsa rekyerɛ no kwan no se, “Ma memfa me nsa nsuso adum abien no mu, na minnye mʼahome.” \v 27 Na nnipa ahyɛ hyiadan mu hɔ ma tɔ. Filistifo ntuanofo no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɔdan no so nkuruso no nso na mmarima ne mmea bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛw. \p \v 28 Na Samson su frɛɛ \nd Awurade\nd* se, “Otumfo Awurade, kae me bio. Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mintua Filistifo so ka wɔ mʼani a wɔatutu no ho.” \v 29 Afei Samson susoo adum abien a ɛwɔ hyiadan no mfimfini no mu. Ɔde nʼahoɔden nyinaa piae. \v 30 Samson bɔɔ mpae se, “Ma me ne Filistifo no nwu.” Na hyiadan no dwiriw guu Filistifo ntuanofo no ne nnipa no nyinaa so. Enti okum nnipa bebree sen dodow a okum wɔn bere a na ɔte ase no. \p \v 31 Akyiri no, ne nuabarimanom ne nʼabusuafo a wɔaka kɔfaa no. Wɔde no kɔɔ ne kurom kosiee no wɔ Sora ne Estaol ntam, faako a wosiee nʼagya Manoa hɔ. Samson dii Israelfo so sɛ otemmufo mfe aduonu. \c 17 \s1 Mika Ahoni \p \v 1 Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔw asase so a na wɔfrɛ no Mika. \v 2 Da koro bi, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfo a owiaa wo nnwetɛbona kilogram du abien ne fa fii wo nkyɛn no. Nnwetɛbona no wɔ me nkyɛn. Me ara na mefae.” \p Ne na kae se, “\nd Awurade\nd* nhyira wo, me ba.” \v 3 Ɔde nnwetɛbona kilogram du abien ne fa no maa ne na no, ne na no kae se, “Metew me nnwetɛbona yi ho ma \nd Awurade\nd*. Mɛma wɔayɛ ohoni a wɔde dwetɛ agu. Mɛsan de ama wo.” \p \v 4 Enti ne na de nnwetɛbona ahannu kɔmaa dwetɛdwumfo na ɔde yɛɛ ohoni. Na wɔde sii Mika fi. \v 5 Mika yɛɛ nsɔre so na ɔyɛɛ asɔfotade ne ne fifo ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmabarima no mu baako sɔfo. \v 6 Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nnipa no yɛ nea wɔpɛ biara. \p \v 7 Da bi, Lewini aberante bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda \v 8 beduu saa beae hɔ wɔ Efraim asase so a ɔrehwehwɛ baabi foforo atena. Ɛbae sɛ, ɔkɔsoɛɛ wɔ Mika fi. \v 9 Mika bisaa no se, “Ɛhe na wufi?” \p Ɔno nso buae se, “Meyɛ Lewini a mifi Betlehem wɔ Yuda na merehwehwɛ baabi atena.” \p \v 10 Mika ka kyerɛɛ no se, “Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfo ama me. Mɛma wo nnwetɛbona gram ɔha ne dunan afe biara; mɛma wo ntade ne aduan.” \v 11 Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmabarima no mu baako. \v 12 Enti Mika hyɛɛ Lewini no sɔfo, na ɔtenaa Mika fi. \v 13 Na Mika kae se, “Minim sɛ \nd Awurade\nd* behyira me, efisɛ mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me sɔfo.” \c 18 \s1 Dan Abusuakuw Mu Ahonisom \p \v 1 Saa bere no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuw rehwehwɛ baabi atena, efisɛ na wontumi mpam nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so. \v 2 Enti mmarima a wofi Dan abusuakuw yii akofo baanum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔhwehwɛ asase a wobetumi atena so. \p Bere a saa akofo yi duu Efraim bepɔw asase so no, wɔkɔɔ Mika fi kɔdaa hɔ anadwo no. \v 3 Wotiee Lewini aberante no sɛnea na ɔrekasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no se, “Hena na ɔde wo baa ha na dɛn na woreyɛ? Na adɛn nti na wowɔ ha?” \v 4 Ɔkaa nhyehyɛe a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfo ma Mika. \p \v 5 Na wɔkae se, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantu yi besi yiye anaasɛ ɛrensi yiye.” \p \v 6 Ɔsɔfo no kae se, “Monkɔ no asomdwoe mu, efisɛ, Awurade bedi mo anim wɔ mo akwantu no mu.” \p \v 7 Na mmarima baanum no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wohuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfo na wɔte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoe ne bammɔ. Na nnipa no wɔ sika, efisɛ na wɔn asase no yɛ asase bere. Na wɔne Sidon ntam twe yiye, na wɔne obiara nni twaka. \p \v 8 Bere a wɔsan kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn se, “Dɛn na muhui?” \p \v 9 Na wobuae se, “Momma yɛnkɔtow nhyɛ wɔn so! Yɛahu asase no na eye pa ara. Monntwentwɛn mo anan ase koraa, monkɔfa asase no. \v 10 Sɛ mudu hɔ a, mubehu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bere yantamm a biribiara wɔ so.” \p \v 11 Enti akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu sii mu fii Sora ne Estaol. \v 12 Wɔkyeree nsraban wɔ beae bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔe fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan besi nnɛ. \v 13 Wofi hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔw asase no so, baa Mika fi. \p \v 14 Enti mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Nsɔree so bi wɔ ha a asɔfotade kronkron, abusua ahoni, ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Munim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” \v 15 Enti mmarima baanum no kɔɔ Mika fi, faako a Lewini aberante no te na wokyiaa no fɛw so. \v 16 Saa bere no na akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu no gyinagyina abɔntenpon no ano pɛɛ, \v 17 na akwansrafo baanum no kɔɔ nsɔree so hɔ, kɔfaa ohoni, asɔfotade kronkron, ne abusua ahoni no. \p \v 18 Bere a ɔsɔfo no huu sɛ mmarima no retwe akronkronne no afi Mika nsɔree so hɔ no, obisaa wɔn se, “Dɛn na moreyɛ yi?” \p \v 19 Wobuaa no se, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn sɔfo. Wunnye nni sɛ eye sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuw bi sɔfo sen sɛ wobɛyɛ onipa baako fi mu sɔfo?” \v 20 Ɔsɔfo aberante no ani gyei sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotade kronkron no, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no. \v 21 Wosii mu bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapade, dii wɔn anim. \p \v 22 Bere a Dan abusuakuw mu nnipa no afi Mika fi kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfo mu bi tiw wɔn. \v 23 Wɔbɛn wɔn no wɔteɛteɛɛ mu. Na Dan mmarima no dan wɔn ani kae se, “Dɛn na morehwehwɛ? Adɛn nti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sɛɛ?” \p \v 24 Mika buae se, “Wubisa sɛ dɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ dɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me sɔfo, na minni hwee bio!” \p \v 25 Dan mmarima no buae se, “Hwɛ nea woreka no yiye! Yɛn mu bi bo nkyɛ fuw, anhwɛ a wɔn bo befuw na wɔakum wo ne wʼabusuafo.” \v 26 Enti Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika huu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ontumi ntow nhyɛ wɔn so no, ɔdan ne ho kɔɔ fie. \p \v 27 Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne sɔfo no de wɔn baa kurow Lais a emu nnipa wɔ asomdwoe ne bammɔ no mu. Wɔtow hyɛɛ emu nnipa no so, kunkum wɔn nyinaa, hyew kurow no dwerɛbee. \v 28 Na obiara nni hɔ a obegye kurow no mufo, efisɛ na nea wɔte no ne Sidon mu twe na wonni adɔfo a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii wɔ obon a ɛbɛn Bet-Rehob no mu. \p Afei, Dan abusuakuw no mma san kyekyeree kurow no, na wɔtenaa hɔ. \v 29 Wɔde kurow no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kan no wɔfrɛ hɔ Lais. \p \v 30 Afei, wogyinaa ohoni a wɔagu no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Mose aseni sɛ wɔn sɔfo. Saa ofi yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfo maa Dan abusuakuw kosii Otukɔ bere. \v 31 Enti Dan abusuakuw no toaa so som ohoni a ɛyɛ Mika dea no wɔ bere tenten a na Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no wɔ Silo. \c 19 \s1 Lewini Ne Ne Mpena \p \v 1 Saa bere no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ofi Lewi abusuakuw mu te Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi. Da bi, ɔde ɔbea bi fi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena. \v 2 Nanso ɔbea no anni no nokware enti ɔsan kɔɔ nʼagya fi wɔ Betlehem. Asram anan akyi no, \v 3 ne kunu no faa ɔsomfo ne afurum foforo kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔdɛfɛdɛfɛ no na wasan nʼakyi aba. Oduu ɔbea no agya fi no, ɔde no kɔɔ ofi no mu maa nʼagya no gyee no fɛw so. \v 4 Ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se ɔntena nkyɛ kakra. Enti odii nnansa, didi, nom, daa hɔ. \p \v 5 Ne nnannan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Didi ansa na woakɔ.” \v 6 Enti wɔn baanu no tenaa ase didi, nomee. Afei, ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.” \v 7 Ɔbarima no sɔree sɛ anka ɔrekɔ, nanso nʼase no hyɛɛ no sɛ ɔntena. Enti ɔpenee so daa hɔ anadwo no. \v 8 Nnaanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso bio, ɔbea no agya kae se, “Didi ansa, na awia mu kakra no wubetumi akɔ.” Enti wɔsan didii bio. \p \v 9 Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne somfo boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso nʼase no ka kyerɛɛ no se, “Muntie! Ade reyɛ asa. Montena na munnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mubetumi asi mu anɔpahema.” \p \v 10 Nanso afei de, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem). \v 11 Bere a woduu Yebus no na ade reyɛ asa, na ɔsomfo no ka kyerɛɛ ne wura no se, “Ade reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifo kuropɔn yi mu anadwo yi.” \p \v 12 Ne wura no buae se, “Dabi, yɛrentumi ntena ananafo kuropɔn a Israelfo nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea. \v 13 Yebenya nnabea anadwo yi wɔ Gibea anaa Rama.” \v 14 Enti wɔtoaa so. Wɔrebedu kurow Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ. \v 15 Ɛhɔ na wɔdaa anadwo no. Wɔdaa kurow no abɔnten kɛse so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔho. \p \v 16 Anwummere no, akwakoraa bi fii nʼafum baa fie. Na ofi Efraim bepɔw asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so. \v 17 Bere a ohuu akwantufo yi sɛ wɔtete kurow no abɔnten kɛse so no, obisaa wɔn faako a wofi ne nea wɔrekɔ. \p \v 18 Ɔbarima no buaa no se, “Yefi Betlehem a ɛwɔ Yuda na yɛrekɔ Efraim bepɔw asase no so; kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ \nd Awurade\nd* Hyiadan. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fi ankɔma yɛn nnabea, \v 19 ɛwɔ mu sɛ yɛwɔ nea ehia yɛn biara. Yɛwɔ sare ne aduan a yɛde bɛma yɛn mfurum; yenhia hwee.” \p \v 20 Akwakoraa no kae se, “Mommra me fi. Mɛma mo biribiara a ebehia mo. Na anadwo yi de, ɛnsɛ sɛ moda abɔnten kɛse so ha.” \v 21 Enti ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fi, na ɔmaa wɔn mfurum no aduan. Wɔhohoroo wɔn nan ase wiei no, wɔbɔɔ mu didii. \p \v 22 Bere a wɔregye wɔn ani no, kurow no mu nnipa bɔnefo bi betwaa ofi no ho hyiae. Wofii ase pempem ɔpon no teɛteɛɛ mu guu akwakoraa no so se, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛnea yebetumi ne no ada.” \p \v 23 Akwakoraa no fi ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn se, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔho na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguase. \v 24 Me babea ɔbabun ne ɔbarima yi mpena ni. Mede wɔn bɛma mo. Na nea mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasede yi.” \p \v 25 Nanso wɔantie no. Enti Lewini no faa ne mpena no piaa no fii adi. Na kurow no mu mmarima no faa no nnidiso nnidiso kosii adekyee. Ahemadakye no na wogyaw no ma ɔkɔe. \v 26 Ɔbea no koduu ofi a ne kunu no te mu no pon ano ara pɛ na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa hɔ ara kosii sɛ anim tetewee. \p \v 27 Bere a ne kunu buee ɔpon no sɛ ɔrepue pɛ na ohuu sɛ ɔda hɔ. Na nʼanim butuw hɔ a ne nsa gu apongua no so. \v 28 Ohuu no no, ɔkae se, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso wammua. Enti ɔde no too nʼafurum no so de no kɔɔ fie. \p \v 29 Oduu fie no, ɔtwee afoa de twitwaa ne mpena no mu asinasin dumien. Na ɔde sin baako biara kɔɔ Israel mmusuakuw dumien no mu. \v 30 Na obiara a ohuu saa aninyanne yi kae se, “Efi bere a Israel fii Misraim no, obi nnii saa amumɔyɛsɛm yi bi da. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?” \c 20 \s1 Israelfo Tu Benyaminfo So Sa \p \v 1 Afei, Israelfo nyinaa; fi Dan kosi Beer-Seba ne Gilead asase so behyiaa wɔ \nd Awurade\nd* anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa. \v 2 Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuw no nyinaa ntuanofo, akofo mpem ahannan a wokurakura afoa kɔɔ Onyankopɔn mma guabɔ no ase. \v 3 (Nkra duu Benyamin asase so sɛ Israelfo mmusuakuw a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfo no bisaa nea ɛyɛɛ a saa awudisɛm yi sii. \p \v 4 Enti Lewini a ɔyɛ ɔbea a wokum no no kunu no kae se, “Me ne me mpena baa Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ. \v 5 Anadwo no Gibea ntuanofo no mu bi betwaa ofi no ho hyiae, pɛɛ sɛ wokum me, na wɔtoo me mpena no mmonnaa ma owui. \v 6 Mefaa me mpena no twitwaa no asinasin de sin baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Efisɛ saa mmarima yi ayɛ atantanne ne aniwude wɔ Israel. \v 7 Enti mprempren, ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa fa adwene wɔ eyi ho.” \p \v 8 Nnipa no nyinaa sɔre buae se, “Yɛn mu biara rensan nkɔ fie. \v 9 Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahu wɔn a wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ Gibea so. \v 10 Abusuakuw biara mu mmarima nkyɛmu du mu baako na wobeyi wɔn ama wɔama yɛn akofo no nnuan, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Gibea so were wɔ animguasede a wɔayɛ wɔ Israel no.” \v 11 Enti Israelfo nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ kurow no so. \p \v 12 Israelfo no somaa abɔfo kɔɔ Benyamin abusuakuw no mu kobisaa wɔn se, “Dɛn awurukasɛm na moadi wɔ mo mu yi? \v 13 Munyi saa amumɔyɛfo a wofi Gibea no mmra, na yenkum wɔn na yentu saa awurukasɛm yi ase mfi Israel.” \p Nanso Benyaminfo no antie. \v 14 Mmom, wofifi wɔn nkurow mu boaa wɔn ho ano wɔ Gibea sɛ wɔne Israelfo no rebɛko. \v 15 Akofo mpem aduonu asia a wokurakura afoa koduu Gibea, kɔkaa akofo ahanson a na wɔte hɔ dedaw no ho. \v 16 Na Benyamin akofo no mu ahanson yɛ abenkumma a wɔn mu biara yɛ antoamfom wɔ ahwimmotow mu. \v 17 Na Israelfo wɔ akofo mpem ahannan a wokurakura mfoa a Benyamin akofo nka ho. \p \v 18 Ansa na wɔrebefi ɔko no ase no, Israelfo no kɔɔ Bet-El kobisaa Onyankopɔn se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wodi ɔko no anim tia Benyaminfo no?” \p \nd Awurade\nd* buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ wodi anim.” \p \v 19 Enti Israelfo no sii mu anɔpahema kɔkyeree nsraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea. \v 20 Afei, wotu teɛe de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Benyamin mmarima no so. \v 21 Nanso Benyamin akofo a na wɔrebɔ kurow no ho ban no pue kunkum Israelfo no mpem aduonu abien wɔ akono hɔ da no ara. \p \v 22 Nanso Israelfo nyaa akokoduru boaa wɔn ho ano wɔ faako a wɔkoo da a edi anim no. \v 23 Na wɔakɔ Bet-El akosu wɔ \nd Awurade\nd* anim akosi anwummere. Afei, wobisaa \nd Awurade\nd* se, “Yɛne yɛn ara abusuafo a wofi Benyamin nko bio ana?” \p Na \nd Awurade\nd* buae se, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.” \p \v 24 Enti wɔkɔko tiaa Benyamin akofo no, \v 25 na Benyamin mmarima no san kum Israelfo akofo a wonim afoa akodi yiye no mpem dunwɔtwe. \p \v 26 Ɛnna Israelfo no kɔɔ Bet-El kosuu wɔ \nd Awurade\nd* anim kyen kɔm kosii anwummere. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre maa \nd Awurade\nd*. \v 27 Na Israelfo kɔɔ \nd Awurade\nd* anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa bere no na Onyankopɔn apam adaka no wɔ Bet-El, \v 28 na Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nena no na na ɔyɛ ɔsɔfo). Israelfo no bisaa Awurade se, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafo Benyamin bio anaasɛ yennyae?” \p \nd Awurade\nd* buae se, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.” \p \v 29 Enti Israelfo de atɛwfo twaa Gibea ho nyinaa hyiae. \v 30 Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beae koro hɔ ara. \v 31 Bere a Benyaminfo akofo pue bae wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn fii kurow no mu. Na sɛnea na wɔayɛ pɛn no, wofii ase kunkum Israelfo no. Ɛbɛyɛ Israelfo aduasa na wowuwuu wɔ akono petee mu hɔ a bi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho. \v 32 Afei Benyamin akofo no teɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so wɔ ɔko a edi kan no mu no!” Na saa bere no na Israelfo no apene so dedaw sɛ wobeguan ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afi kurow no mu. \p \v 33 Bere a Israelfo nsraadɔm kɛse no duu Baal-Tamar no, wɔdan wɔn ho koe. Ɛhɔ na Israelfo a wɔatɛw wɔ Geba no puee prɛko pɛ fi wɔn ahintawee \v 34 kosii Benyaminfo no akyi tow hyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kosii sɛ na Benyaminfo no ntumi nhu amanehunu a ɛbɛba. \v 35 Ɛno nti, \nd Awurade\nd* boaa Israel ma wodii Benyamin so nkonim. Saa da no, Israelfo kunkum Benyamin akofo no mpem aduonu anum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim afoa ano ko yiye. \v 36 Afei, Benyaminfo no huu sɛ wɔadi nkogu. Israelfo no guan fii Benyamin akofo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakohintaw no benya kwan ayɛ wɔn adwuma. \v 37 Afei, wɔn a na wɔatɛw no fii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkum obiara a ɔwɔ kurow no mu. \v 38 Wopun wusiw kumɔnn wɔ kurow no so, \v 39 a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne ma Israelfo no sɛ wɔnsan mmra mmɛtow nhyɛ Benyamin akofo no so. \p Saa bere no na Benyamin akofo no akum Israelfo no aduasa, a wɔteɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so ɔko a edi kan no mu no!” \v 40 Nanso bere a Benyamin akofo no hwɛɛ wɔn akyi, na wohuu wusiw a atu nam wim wɔ kurow no mu baabiara no, \v 41 Israelfo no san ba bɛtow hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofo no huu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa. \v 42 Enti woguan de wɔn ani kyerɛɛ sare so. Nanso Israelfo no taa wɔn kunkum wɔn. \v 43 Israelfo no twaa Benyaminfo no ho hyiae, taa wɔn anibere so, kɔtoo wɔn wɔ Gibea atɔe fam. \v 44 Da no, Benyamin akofo akɛse mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ wɔ ɔko no mu. \v 45 Wɔn a wɔanwuwu no guan kɔɔ sare so baabi a ɛbɛn Rimon ɔbotan no ho. Nanso Israelfo no kunkum wɔn mu mpem anum wɔ ɔkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kosii sɛ wokum mpenu wɔ baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho. \p \v 46 Enti Benyamin abusuakuw no hweree akofo akokodurufo mpemaduonu anum saa da no, \v 47 maa ɛkaa mmarima ahansia pɛ a woguan kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ asram anan no. \v 48 Afei Israelfo no san ba bekunkum abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ nkurow no nyinaa mu, efi nnipa so kosi anantwi ne biribiara so. Na kurow biara a woduu so no, wɔhyew no dwerɛbee. \c 21 \s1 Benyaminfo Yerenom \p \v 1 Israelfo aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmabea mma ɔbarima biara a ofi Benyamin abusuakuw mu aware. \p \v 2 Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kosii anwummere, maa wɔn nne so, suu denneennen kae se, \v 3 “Ao \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, adɛn nti na saa asɛm yi asi? Mprempren yɛn mmusuakuw no mu baako ayera!” \p \v 4 Adekyee mu no, nnipa no sii afɔremuka, na wɔbɔɔ ɔhyew ne asomdwoe afɔre. \v 5 Wobisae se, “Abusuakuw bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini bere a yɛkɔɔ nhyiamu kɛse wɔ \nd Awurade\nd* anim wɔ Mispa no ana?” Saa bere no, na wɔaka ntankɛse wɔ \nd Awurade\nd* anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ owu. \p \v 6 Na Israelfo no dii yaw wɔ Benyaminfo no ho kae se, “Nnɛ yi, abusuakuw baako afi yɛn mu; na nʼase reyɛ atɔre. \v 7 Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, esiane \nd Awurade\nd* ntam a yɛaka sɛ yɛremfa yɛn mmabea mu biara mma wɔn aware nti?” \p \v 8 Enti wobisae se, “Bere a yɛde yɛn ho kyerɛɛ \nd Awurade\nd* wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi ana?” Ɛhɔ na wohui sɛ, obiara amfi Yabes Gilead amma saa aguabɔ no ase bi. \v 9 Na wɔkan nnipa no nyinaa no, wɔannya obiara a ofi Yabes Gilead. \v 10 Enti wɔsomaa akofo mpem dumien kɔɔ Yabes Gilead sɛ wonkokunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmea ne mmofra ka ho. \v 11 Wɔkae se, “Eyi na ɛsɛ sɛ moyɛ. Munkum ɔbarima ne ɔbea biara a ɔnyɛ ɔbabun.” \v 12 Yabes Gileadfo mu no, wohuu mmabun ahannan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ. \p \v 13 Na Israelfo bagua no somaa asomdwoe abɔfo ma wɔkɔɔ Benyaminfo nkae no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn. \v 14 Na Benyaminfo no san kɔɔ wɔn afi mu, na wɔde mmabun a wofi Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn aware. Nanso mmea no anso wɔn so. \p \v 15 Nnipa no dii Benyaminfo no ho yaw, sɛ \nd Awurade\nd* ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuw no mu. \v 16 Enti Israel ntuanofo no bisae se, “Sɛ wɔatɔre mmea a wofi Benyamin ase yi, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama mmarima a wɔaka no? \v 17 Ɛsɛ sɛ Benyaminfo a wɔaka no nya adedifo sɛnea ɛbɛyɛ a Israel abusuakuw bi ase ntɔre. \v 18 Nanso yɛrentumi mfa yɛn mmabea mma wɔn aware, efisɛ yɛaka ntankɛse sɛ, obiara a ɔde ne babea bɛma Benyaminni aware no, \nd Awurade\nd* nnome mmra ne so.” \v 19 Afei wɔdwenee \nd Awurade\nd* afeafe afahyɛ no ho, nea wodi wɔ Silo, a ɛwɔ Lebona ne Bet-El ntam, wɔ ɔkwan a efi Bet-El kosi Sekem no apuei fam. \p \v 20 Na wɔka kyerɛɛ Benyamin mmarima a wɔda so hwehwɛ yerenom no se, “Monkɔtɛw wɔ bobe nturo no mu. \v 21 Sɛ mmea a wofi Silo no ba bɛsaw wɔn asaw no a, mumpue mfi bobe nturo no mu, na mo mu biara betumi afa wɔn mu baako de no akɔ fie sɛ ne yere. \v 22 Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn se, ‘Yɛsrɛ mo, monte ase. Momma wɔmfa mo mmabea no, efisɛ bere a yekunkum Yabes Gileadfo no, yɛannyaw mmea a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Munnni ntam no ho fɔ, efisɛ ɛnyɛ mo na mode mo mmabea maa wɔn aware.’ ” \p \v 23 Enti Benyamin mmarima no yɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no. Wowiawiaa mmea a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapade no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkurow no bio tenaa mu. \v 24 Na Israelfo mmusuakuw ne mmusua no fii hɔ san kɔɔ wɔn ankasa afi mu. \p \v 25 Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nea nnipa no gye di sɛ eye wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.