\id JAS - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Yakobo \toc1 Yakobo Nhoma \toc2 Yakobo \toc3 Yak \mt1 Yakobo \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 Saa krataa yi fi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo somfo nkyɛn, \b \p Mikyia mmusuakuw dumien a wɔahwete no nyinaa. \b \s1 Gyidi Ne Nyansa \p \v 2 Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye \v 3 efisɛ sɛ mo gyidi tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na munya ntoboase. \v 4 Momma ntoboase no ntena mo mu daa nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo. \v 5 Sɛ nyansa\f + \fr 1.5 \fr*\ft Ɛma anigye wɔ ɔhaw mu (nky. 2). Yennya nyansa kɛkɛ, na mmom, ɛyɛ honhom aba (\+xt 3.13-18; Mmb 1.2-9\+xt*) \ft*\f* ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa. \v 6 Na sɛ worebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ wugye di a wunnye ho akyinnye. Obiara a ogye akyinnye no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. \v 7 Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susuw sɛ obenya biribiara afi Awurade nkyɛn; \v 8 nʼadwene yɛ no ntanta a ontumi nsi biribiara pi. \s1 Ohia Ne Ahonya \p \v 9 Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, \v 10 na adefo a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Efisɛ, adefo no twam kɔ sɛ wuram afifide bi. \v 11 Owia pue de ne hyew no hyew afifide no ma nʼahoɔfɛ sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefo no wɔ bere a wogu so redi wɔn nnwuma no. \s1 Sɔhwɛ \p \v 12 Nhyira nka onipa a onya gyidi wɔ amanehunu mu, efisɛ ɔno na obenya akyɛde a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no. \p \v 13 Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka se, “Saa sɔhwɛ yi fi Onyankopɔn.” Efisɛ bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ. \v 14 Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no. \v 15 Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyin a ɛwo owu. \p \v 16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. \v 17 Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi ɔsoro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsuma. \v 18 Ofi ne pɛ mu nam nokware a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a, yebedi kan wɔ abɔde nyinaa mu. \s1 Otie Ne Ɔyɛ \p \v 19 Me nuanom adɔfo, monhyɛ eyinom nsow: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuw; \v 20 efisɛ onipa abufuw no mma onnya Onyankopɔn trenee no. \v 21 Ɛno nti, montwe mo ho mfi afide ne atirimɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na munnye asɛm a odua wɔ mo koma mu a ebegye mo nkwa no. \p \v 22 Munntie asɛm no sɛ atiefo kwa nsisi mo ho, na mmom monyɛ asɛm no yɛfo. \v 23 Obiara a otie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu, na ohu sɛnea ɔte. \v 24 Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu hu ne ho yiye na sɛ ofi ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ fi nea ohuu no nyinaa. \v 25 Nanso obiara a ɔhwɛ mmara a ɛyɛ pɛ, na ɛma onipa de ne ho no mu yiye,\f + \fr 1.25 \fr*\ft Kristosom nkyerɛkyerɛ a egyina Apam Dedaw mmara no so sɛnea wɔakyerɛw wɔ mmara nsɛm du no mu (\+xt Nnw 19.7\+xt*) nanso Yesu Kristo bewiee ne nyinaa wɔ \+xt Mat 5.17\+xt*; \+xt Rom 10.4\+xt*.\ft*\f* na odi so, na otie, na ne werɛ mfi, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn behyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu. \p \v 26 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ Onyamesomni na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no so nni mfaso na ɔdaadaa ne ho nso. \v 27 Nea Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ onyamesom pa no ni: Ɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔ wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase porɔwee ho. \c 2 \s1 Kɔkɔbɔ \p \v 1 Me nuanom, sɛ moyɛ agyidifo wɔ Awurade Kristo anuonyam mu yi, monnyɛ nhwɛanim. \v 2 Sɛ muhyia a, ɔdefo a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadegow nyinaa tumi ba bi. \v 3 Sɛ wode nidi ma nea wasiesie ne ho yiye no, na woka kyerɛ no se, “Tena saa akongua pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso se, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a, \v 4 wudi fɔ sɛ wugyina atemmu a efi adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho. \p \v 5 Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo sɛ wɔnyɛ adefo wɔ gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. \v 6 Nanso moammu ahiafo! Ɛhefo na wodi mo nya twe mo kɔ atemmufo anim? Adefo! \v 7 Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no. \p \v 8 Eye sɛ mudi yɛn Awurade mmara a ɛka se, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. \v 9 Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, mudi ho fɔ na mmara no di tia mo sɛ mmaratofo. \v 10 Obiara a obu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so. \v 11 Efisɛ nea ɔkae se, “Nsɛe aware” no, ɔno ara nso na ɔkae se, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe aware na wudi awu a, woabu mmara so. \p \v 12 Sɛ woyɛ Kristo apɛde o, sɛ woanyɛ nʼapɛde o, wubebu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne nea woyɛ biara yiye. \v 13 Efisɛ obi a wanhu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmu mu no, wɔrenhu no mmɔbɔ. Nanso mmɔborɔhunu bunkam atemmu so. \p \v 14 Me nuanom, sɛ obi ka se, “Mewɔ gyidi” na onni gyidi no ho dwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Saa gyidi no betumi agye no nkwa ana? \v 15 Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntama ho hia wɔn na wonni aduan dodow nso a wobedi, \v 16 na sɛ wokɔka kyerɛ wɔn se, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hyew na munnidi yiye” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu nea ehia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? \v 17 Saa ara na gyidi te. Sɛ nneyɛe nka ho a, na awu. \p \v 18 Nanso obi betumi aka se, “Obi wɔ gyidi na afoforo nso wɔ nneyɛe.” \p Me mmuae ne sɛ, “Kyerɛ me sɛnea obi tumi nya gyidi a nneyɛe mmata ho ase. Me de, menam me nneyɛe so bɛkyerɛ wo me gyidi.” \v 19 Wugye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Eye! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ osuro mu. \p \v 20 Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidi a nneyɛe mmata ho no so nni mfaso ana? \v 21 Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛe so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔremuka so no. \v 22 Wuhu sɛ ne gyidi ne ne nneyɛe nyinaa redi dwuma na ne nneyɛe no maa ne gyidi no dii mu. \v 23 Na Kyerɛwsɛm no baa mu se, Abraham gyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi no nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo.\f + \fr 2.23 \fr*\ft Saa asɛm yi (\+xt 2 Be 20.7\+xt*) kyerɛ Abraham ne Onyankopɔn adamfofa ne gye a ogyee no sɛ ɔtreneeni no. (\+xt Yoh 15.13-15\+xt*)\ft*\f* \v 24 Eyi da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛe so na obu no bem, na ɛnnam ne gyidi nko so. \p \v 25 Saa ara na ɛte wɔ aguaman Rahab ho. Ne nneyɛe maa Onyankopɔn buu no bem, efisɛ ogyee Yudafo bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma woguan faa ɔkwan foforo bi so. \v 26 Sɛnea onipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nneyɛe mmata ho no nso awu. \c 3 \s1 Tɛkrɛma \p \v 1 Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfo, efisɛ munim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfo de, sɛ yɛfom a, wobebu yɛn atɛn a mu yɛ den sen afoforo. \v 2 Yɛn nyinaa taa yɛ mfomso. Onipa a ɔnyɛ mfomso wɔ nea ɔka mu no yɛ pɛ a obetumi ahyɛ ne nipadua no so. \p \v 3 Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛnea obetie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ. \v 4 Anaasɛ dwene hyɛn ho; sɛnea ne kɛse te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wotumi de sitia ketewaa bi na ɛdannan no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafo no pɛ sɛ ɛkɔ no. \v 5 Saa ara na tɛkrɛma te; sua a esua nyinaa akyi no, etumi hoahoa ne ho. Hwɛ sɛnea ogya ketewaa bi si tumi hyew kwae kɛse. \v 6 Tɛkrɛma nso yɛ ogya, onipa akwaa mu nnebɔne wiase. Ɛsɛe nipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so gya na nʼankasa nso ɔsɛe sɔ ne so gya. \p \v 7 Onipa tumi dwudwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea, po mu mmoa nyinaa, \v 8 nanso obiara rentumi nnwudwo tɛkrɛma da. Ɔyɛ ɔbɔnefo a ɔyɛ hagyahagya a awuduru ahyɛ no ma. \p \v 9 Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so no.\f + \fr 3.9 \fr*\ft Sɛ wɔabɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so nti, (\+xt 1 Mose 1.2-27\+xt*) sɛ wodome onipa biara a, woafom Onyankopɔn (\+xt 1 Mose 9.6\+xt*)\ft*\f* \v 10 Ano koro no ara mu na nkamfo ne nnome fi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. \v 11 Nsu pa ne nsu a ɛyɛ nkyenenkyene betumi afi asuti baako mu aba ana? \v 12 Me nuanom, borɔdɔma dua betumi asow ngodua aba ana? Anaasɛ bobe betumi asow borɔdɔma? Saa ara na asuti a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa. \s1 Nyansa A Efi Ɔsoro \p \v 13 Obi wɔ mo mu a onim nyansa na ɔwɔ ntease? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛase ne nyansa so, da no adi. \v 14 Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkominya wɔ mo koma mu a, ɛno de ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na mofa so ka nkontompo tia nokware. \v 15 Saa nyansa yi mfi ɔsoro na ɛbae. Ɛyɛ wiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso. \v 16 Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkominya wɔ no, basabasa ne bɔne ahorow nyinaa bi wɔ hɔ. \p \v 17 Nanso nyansa a efi ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoe wɔ mu, edwo na ɛpɛ asomdwoe; ɛwɔ ahummɔbɔ na nneyɛe pa fi mu ba; ennye akyinnye na ɛnyɛ nyaatwom nso. \v 18 Na ɛsow aba pa a efi aba a asomdwoefo duaa no asomdwoe mu no mu. \c 4 \s1 Brɛ Wo Ho Ase Ma Onyankopɔn \p \v 1 Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no. \v 2 Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene sɛ mubedi awu. Mo ani abere denneennen rehwehwɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Mo nsa renka nea morehwehwɛ no efisɛ mummisa Onyankopɔn. \v 3 Na sɛ mubisa koraa nso a, mo nsa renka, efisɛ mowɔ adwemmɔne, sɛ ɛbɛyɛ a mode nea munya no begye mo ani. \p \v 4 Nnipa a munni gyidi! Munnim sɛ, sɛ mofa wiase adamfo a,\f + \fr 4.4 \fr*\ft Wɔn a wonni honhom mu nokware, wɔn a wɔdɔ wiase kyɛn Onyankopɔn no (\+xt 2 Mose 34.15\+xt*) na wobehu.\ft*\f* na moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no bɛyɛ Onyankopɔn tamfo. \v 5 Mususuw sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Ninkutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa ana? \v 6 Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, \q2 na ɔdom ahobrɛasefo.” \p \v 7 Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho. \v 8 Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta! \v 9 Munni awerɛhow, munsu, na muntwa agyaadwo; momma mo serew nnan osu, na mo anigye nnan awerɛhow. \v 10 Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so. \s1 Atemmu Ho Kɔkɔbɔ \p \v 11 Me nuanom, munnnidi mo ho nseku. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa obu no atɛn no, kasa tia mmara no. Na sɛ wubu mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ afei de, wunni mmara no so. \v 12 Onyankopɔn nko na ɔma mmara na obu atɛn. Ɔno nko na ogye nkwa na ɔsɛe. Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn? \s1 Ahohoahoa Ho Kɔkɔbɔ \p \v 13 Mo a moka se, “Nnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, muntie me. \v 14 Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Mote sɛ omununkum a ɛba bere tiaa bi na ɛyera. \v 15 Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne se, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.” \v 16 Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo. Saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne. \v 17 Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no. \c 5 \s1 Ahonya Ho Kɔkɔbɔ \p \v 1 Afei mo adefo nso muntie! Munsu na muntwa agyaadwo wɔ amanehunu a ɛreba mo so no ho. \v 2 Mo ahonya no aporɔw na nwewee awe mo ntama. \v 3 Mo sika ne mo dwetɛ agye nkannare na saa nkannare no bedi adanse atia mo, na ahyew mo honam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapade wɔ nna a edi akyiri no mu. \v 4 Muntuaa nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuw mu no ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisi no adu Onyankopɔn, Asafo Awurade no aso mu. \v 5 Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛde ne anigye. Moadɔ srade ama okum da. \v 6 Moabu nea ɔnnsɔre ntia mo no na onni fɔ no kumfɔ akum no. \s1 Boasetɔ Ne Mpaebɔ \p \v 7 Me nuanom, montɔ mo bo ase nkosi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛnea okuafo nya boasetɔ twɛn asusow bere. \v 8 Ɛsɛ sɛ mo nso motɔ mo bo ase. Momma mo anidaso mu nyɛ den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn. \v 9 Anuanom, munnni nseku ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Otemmufo no gyina ɔpon no ano. \p \v 10 Me nuanom, monkae adiyifo a wɔde Awurade din kasae no. Momfa wɔn sɛ nhwɛso wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wotumi de tenaa amanehunu mu no. \v 11 Yɛde nidi ma wɔn, efisɛ wonyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na munim nea Awurade de dom no awiei no; efisɛ Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo. \p \v 12 Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Yiw” a, monka “Yiw.” Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na moamma Onyankopɔn atemmu ase. \p \v 13 Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpae. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu ana? Ɛsɛ sɛ ɔto ayeyi nnwom. \v 14 Mo mu bi yare ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanyimfo na wɔde Awurade din bɔ mpae ma no na wɔsra no ngo. \v 15 Sɛ wɔbɔ saa mpae no gyidi mu a, ɛbɛsa ɔyarefo no yare, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no. \v 16 Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi yɛ nneɛma bebree. \p \v 17 Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpae nokware mu sɛ osu nntɔ, na ampa ara osu antɔ wɔ asase no so mfe abiɛsa ne fa. \v 18 Ɔsan bɔɔ mpae bio maa osu tɔ maa asase nyaa nnɔbae. \p \v 19 Me nuanom, sɛ mo mu bi guan fi nokware ho na ɔfoforo de no ba bio a, \v 20 monkae sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛni fi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa fi owu mu ma wɔde ne bɔne dodow no nyinaa kyɛ no.