\id ISA - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Yesaia \toc1 Odiyifo Yesaia Nhoma \toc2 Yesaia \toc3 Yes \mt2 Odiyifo \mt1 Yesaia \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 Saa anisoadehu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia mmere so. \b \s1 Atuatewman \q1 \v 2 Ɔsoro, muntie! Asase, yɛ aso! \q2 Na \nd Awurade\nd* akasa: \q1 “Matetew mma ama wɔanyinyin, \q2 nanso wɔatew me so atua. \q1 \v 3 Nantwi nim ne wura, \q2 afurum nso nim ne wura mmoa adididaka, \q1 nanso Israel nnim, \q2 me nkurɔfo nte ase.” \b \q1 \v 4 Nnome nka, amumɔyɛ man, \q2 ɔman a wɔn afɔdi so, \q1 nnebɔneyɛfo kuw, \q2 mma a porɔwee ahyɛ wɔn ma! \q1 Wɔatwe wɔn ho afi \nd Awurade\nd* ho; \q2 wɔapo Israel Kronkronni no, \q2 wɔadan wɔn akyi akyerɛ no. \b \q1 \v 5 Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo? \q2 Adɛn nti na moda so tew atua? \q1 Wɔapira mo ti, \q2 na mo koma nso di yaw. \q1 \v 6 Efi mo nan ase kosi mo ti so, \q2 ahomeka biara nni mu, \q1 apirakuru ne ahonhon nko ara \q2 akuru a anim deda hɔ \q1 na wɔnhohoro so anaa wɔnkyekyeree \q2 anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so ɛ. \b \q1 \v 7 Mo man ada mpan, \q2 wɔde ogya ahyehyew mo nkuropɔn; \q1 ananafo regye mo mfuw \q2 a mo ani tua, \q2 na asɛe sɛnea ɛyɛɛ bere a ahɔho tuu mo gui no. \q1 \v 8 Wɔagyaw Ɔbabea Sion \q2 te sɛ bobeturo mu sese \q1 te sɛ akuraa a esi ɛfere afuw mu, \q2 te sɛ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia. \q1 \v 9 Sɛ Asafo \nd Awurade\nd* \q2 annyaw yɛn asefo a, \q1 anka yɛayɛ sɛ Sodom, \q2 na yɛadan ayɛ sɛ Gomora. \b \q1 \v 10 Muntie \nd Awurade\nd* asɛm, \q2 mo Sodom sodifo; \q1 muntie yɛn Nyankopɔn mmara, \q2 mo Gomorafo! \q1 \v 11 “Mo afɔrebɔ ahorow bebree no, \q2 dɛn na ɛyɛ ma me?” \q2 Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 “Mewɔ ɔhyew afɔrebɔde ma ɛboro so, \q2 nea ɛyɛ adwennini ne mmoa a wɔadɔ srade; \q1 mʼani nnye \q2 anantwinini, nguantenmma ne mpapo mogya ho. \q1 \v 12 Sɛ moba mʼanim a \q2 hena na obisa eyi fi mo hɔ, \q2 sɛ mutiatia me fi yi? \q1 \v 13 Munnyae afɔrebɔde a ɛmfra a mode ba no! \q2 Mo aduhuam yɛ me tan. \q1 Ɔsram foforo, homenna ne nhyiamu ahorow, \q2 mo nhyiamu hunu no afono me. \q1 \v 14 Mo ɔsram foforo afahyɛ ne mo aponto a moahyehyɛ, \q2 me kra kyi. \q1 Ayɛ adesoa ama me; \q2 masoa abrɛ. \q1 \v 15 Sɛ momema mo nsa so bɔ mpae a, \q2 meyi mʼani ato nkyɛn. \q1 Sɛ mobɔ mpae bebree mpo a \q2 merentie. \b \q1 “Mogya bebree agu mo nsa ho fi. \b \q1 \v 16 “Munnwira mo ho na mo ho ntew. \q2 Munnyi mo nnebɔne mfi mʼani so! \q2 Munnyae bɔneyɛ, \q1 \v 17 Monyɛ papa! Monhwehwɛ atɛntrenee. \q2 Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran \q1 Munni mma ayisaa, \q2 monka akunafo nsɛm mma wɔn. \b \q1 \v 18 “Afei mommra na yennwen mmɔ mu,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 “Sɛ mo bɔne te sɛ ɔkɔben a, \q2 ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; \q1 mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a \q2 ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa mfuturu. \q1 \v 19 Sɛ mopene so na moyɛ osetie a, \q2 mubedi asase no so nnepa. \q1 \v 20 Na sɛ moampene na motew atua a, \q2 afoa bedi mo nam.” \q2 \nd Awurade\nd* na wakasa. \b \q1 \v 21 Hwɛ sɛnea kuropɔn nokwafo no \q2 adan oguamanfo. \q1 Bere bi, na atɛntrenee ahyɛ no ma \q2 na anka trenee te ne mu, \q2 nanso mprempren, awudifo ahyɛ mu ma! \q1 \v 22 Wo dwetɛ adan ade a so nni mfaso, \q2 wɔde nsu afra wo nsa papa mu. \q1 \v 23 Wo sodifo yɛ atuatewfo, \q2 akorɔmfo yɔnkonom; \q1 wɔn nyinaa pɛ adanmude, \q2 na wɔpere akyɛde ho. \q1 Wonni mma ayisaa; \q2 na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim. \b \q1 \v 24 Enti, \nd Awurade\nd*, Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 nea ɔyɛ Ɔkɛse ma Israel no ka se, \q1 “Aa, menya ahomegye afi mʼatamfo hɔ \q2 na matɔ wɔn so were. \q1 \v 25 Mɛma me nsa so, atia mo; \q2 mɛhohoro mo ho fi korakora \q2 na mayi mo ho nkekae nyinaa. \q1 \v 26 Mɛma mo atemmufo bio sɛ kan no, \q2 ne mo afotufo sɛnea na ɛte, mfiase no. \q1 Eyi akyi no, wɔbɛfrɛ wo \q2 Kuropɔn Trenee, \q2 Kuropɔn Nokwafo.” \b \q1 \v 27 Wɔde atɛntrenee begye Sion bio, \q2 na wɔn a wonu wɔn ho no, wɔde trenee begye wɔn. \q1 \v 28 Nanso atuatewfo ne nnebɔneyɛfo de, wɔbɛdwerɛw wɔn abɔ mu, \q2 na wɔn a wɔpa \nd Awurade\nd* akyi bɛyera. \b \q1 \v 29 “Mo ani bewu, esiane odum anyame a \q2 munyaa wɔn mu anigye no; \q1 wobegu mo anim ase, esiane nturo \q2 a mosom abosom wɔ mu no nti. \q1 \v 30 Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhaban apo, \q2 ne turo a ennya nsu. \q1 \v 31 Ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ ade a ɛhyew ntɛm \q2 nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya a aturuw; \q1 abien no bɛhyew abɔ mu, \q2 a obiara rentumi nnum.” \c 2 \s1 \nd Awurade\nd* Bepɔw No \p \v 1 Eyi ne nea Amos babarima Yesaia hui, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho. \b \p \v 2 Nna a edi akyi no mu no, \q1 \nd Awurade\nd* asɔredan bepɔw no betim \q2 sɛ mmepɔw no nyinaa ti; \q1 ebegye din aboro nkoko nyinaa so \q2 na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ. \p \v 3 Aman bebree bɛba abɛka se, \q1 “Mommra mma yɛnkɔ \nd Awurade\nd* bepɔw no so, \q2 nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. \q1 Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan \q2 sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” \q1 Mmara no befi Sion aba, \q2 na \nd Awurade\nd* asɛm afi Yerusalem. \q1 \v 4 Obebu amanaman ntam atɛn \q2 na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. \q1 Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw \q2 na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. \q1 Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, \q2 na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. \b \q1 \v 5 Mommra. Yakob fifo, \q2 momma yɛnnantew \nd Awurade\nd* hann mu. \s1 \nd Awurade\nd* Da No \q1 \v 6 \nd Awurade\nd*, woagyaw wo nkurɔfo, \q2 Yakob fifo. \q1 Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma; \q2 wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo \q2 na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko. \q1 \v 7 Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; \q2 wɔn ademude dɔɔso bebree. \q1 Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; \q2 na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano. \q1 \v 8 Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; \q2 wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, \q2 nea wɔn nsateaa ayɛ. \q1 \v 9 Enti, \nd Awurade\nd* bɛbrɛ onipa ase \q2 na wama adesamma abotow, \q1 mfa wɔn ho nkyɛ wɔn. \b \q1 \v 10 Kɔhyɛn abotan no mu, \q2 fa wo ho kosie asase no mu esiane \nd Awurade\nd* ho hu \q2 ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti! \q1 \v 11 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, \q2 na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; \q1 \nd Awurade\nd* nko ara na wɔbɛma no so da no. \b \q1 \v 12 Asafo \nd Awurade\nd* ahyɛ da bi \q2 ama ahomasofo nyinaa \q1 ne nea ɛma ne ho so nyinaa \q2 (wɔbɛbrɛ wɔn ase), \q1 \v 13 Lebanon\f + \fr 2.13 \fr*\ft Lebanon yɛ ɔmantam bi a na ɛda Yordan apuei fam a, ɛnam sida ne anantwi a na ɛwɔ hɔ no nti, agye din.\ft*\f* sida nyinaa, atenten ne nea ɛkorɔn, \q2 ne Basan odum nnua no, \q1 \v 14 mmepɔw atenten nyinaa \q2 ne nkoko a ɛwowaree nyinaa, \q1 \v 15 ne abantenten a ɛkorɔn \q2 ne ɔfasu biara a ɛyɛ den, \q1 \v 16 aguadi hyɛn biara \q2 ne hyɛn kɛse fɛfɛ biara. \q1 \v 17 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, \q2 na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; \q1 \nd Awurade\nd* nko ara na wɔbɛma no so da no, \q2 \v 18 na ahoni no bɛyera korakora. \b \q1 \v 19 Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu \q2 ne ntokuru a ɛdeda asase mu \q1 esiane \nd Awurade\nd* ho hu \q2 ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, \q2 bere a ɔbɛsɔre awosow asase. \q1 \v 20 Saa da no, nnipa bɛtow \q2 wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni \q1 a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no \q2 agu ama akisi ne mpan. \q1 \v 21 Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mu \q2 ne abotan mpaapae mu \q1 esiane \nd Awurade\nd* ho hu \q2 ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, \q2 bere a ɔbɛsɔre awosow asase. \b \q1 \v 22 Munnyae sɛ mode mo ho to nnipa, \q2 a wɔwɔ ɔhome kɛkɛ so. \q2 Wɔyɛ dɛn koraa? \c 3 \s1 Yerusalem Ne Yuda Atemmu \q1 \v 1 Afei hwɛ, \nd Awurade\nd*, \q2 Asafo \nd Awurade\nd*, \q1 rebegyae nea ɔde ma \q2 wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa: \q2 aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa. \q1 \v 2 Dɔmmarima ne akofo, \q2 otemmufo ne odiyifo, \q2 nkɔmhyɛni ne ɔpanyin, \q1 \v 3 aduonum so panyin ne nea ɔwɔ dibea, \q2 ɔfotufo, odwumfo nyansafo ne nkaberekyerefo onifirifo. \b \q1 \v 4 “Mede mmerantewa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanyimfo; \q2 na mmofra adi wɔn so.” \b \q1 \v 5 Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, \q2 ɔbarima betia ɔbarima, ɔyɔnko betia ne yɔnko. \q1 Mmabun bɛsɔre atia wɔn mpanyimfo, \q2 apapahwekwa betia onuonyamfo. \b \q1 \v 6 Ɔbarima beso ne nuanom mu baako mu \q2 wɔ nʼagya fi aka se, \q1 “Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn dikanfo; \q2 wɔ kurow a adan mmubui siw yi so.” \q1 \v 7 Nanso da no ɔbɛteɛ mu se, \q2 “Minni nea mede bɛyɛ. \q1 Minni aduan anaa ntama wɔ me fi; \q2 mfa me nyɛ nnipa no so kannifo.” \b \q1 \v 8 Yerusalem retɔ ntintan, \q2 Yuda rehwe ase; \q1 wɔn nsɛm ne nneyɛe tia \nd Awurade\nd*. \q2 Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no. \q1 \v 9 Sɛnea wɔn anim te no di adanse tia wɔn; \q2 wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom; \q2 wɔmmfa nsie. \q1 Nnome nka wɔn! \q2 Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so. \b \q1 \v 10 Ka kyerɛ atreneefo se ebesi wɔn yiye, \q2 efisɛ wobedi wɔn nneyɛe so aba. \q1 \v 11 Nnome nka amumɔyɛfo! \q2 Amanehunu wɔ wɔn so! \q1 Wobetua wɔn nea \q2 wɔn nsa ayɛ no so ka. \b \q1 \v 12 Mmabun hyɛ me nkurɔfo so, \q2 mmea di wɔn so. \q1 Me nkurɔfo, mo akwankyerɛfo ma moyera; \q2 wɔma moman fi ɔtempɔn no so. \b \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* tena ase wɔ nʼasennii. \q2 Ɔma ne mu so bu nkurɔfo no atɛn. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* bu atɛn \q2 de tia ne nkurɔfo mpanyimfo ne akannifo se, \q1 “Mo na moasɛe me bobeturo; \q2 apoobɔde a efi ahiafo nkyɛn wɔ mo afi mu. \q1 \v 15 Ase ne dɛn nti na modwerɛw me nkurɔfo \q2 na mode ahiafo anim twitwiw fam?” \q2 Sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 16 \nd Awurade\nd* kasa se, \q2 “Sion mmabea yɛ ahantan; \q1 wɔnantew toto wɔn kɔn, \q2 wɔdeda wɔn ani akyi, \q1 wotutu wɔn anammɔn ntiantia, \q2 na wɔn anan ase nkaa gyigye. \q1 \v 17 Enti Awurade bɛma tikuru abegu Sion mmea ti ho. \q2 \nd Awurade\nd* bɛma wɔn ti so apa.” \p \v 18 Da no \nd Awurade\nd* beyiyi wɔn afɛfɛde: nkaa, ntamabamma ne kɔnmuade, \v 19 asokaa, nkapo ne nkataanim, \v 20 Wɔn mmotiri, anan ase ntweaban, nkyekyeremu, nnuhuam ntoa ne nkabere, \v 21 nsɔwano mpɛtea ne hwenem nkaa, \v 22 ntade atenten pa, nguguso tiaa a enni nsa, ntade yuu ne sika nkotoku; \v 23 nhwehwɛ, sirikyi ntade, tinwi so nkaa ne mmati so nguguso. \q1 \v 24 Nkabɔne besi nea ɛyɛ huam anan mu; \q2 ntampehama besi nkatakɔnmu anan mu; \q1 ti a ɛso apa besi tinwi a wɔasiesie anan mu; \q2 atweaatam besi ntama pa anan mu; \q2 honam ani atwaatwa besi ahoɔfɛ anan mu. \q1 \v 25 Wo mmarima bɛtotɔ afoa ano, \q2 wʼakofo wɔ ɔko mu. \q1 \v 26 Sion apon betwa adwo, adi awerɛhow; \q2 onnibi, ɔbɛtena fam. \c 4 \q1 \v 1 Saa da no, mmea baason \q2 beso ɔbarima baako mu aka se, \q1 “Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhama \q2 na yɛn ankasa apɛ yɛn adurade; \q1 ma wo din nna yɛn so kɛkɛ. \q2 Yi ahohora fi yɛn so!” \s1 \nd Awurade\nd* Baa No \p \v 2 Saa da no \nd Awurade\nd* Baa no bɛyɛ fɛ na anya anuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne anuonyam ama Israel nkae no. \v 3 Wɔn a wɔaka wɔ Sion, a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din aka ateasefo ho wɔ Yerusalem nyinaa. \v 4 Awurade bɛhohoro Sion mmea ho fi; ɔde atemmu honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekae a ɛwɔ Yerusalem. \v 5 Afei, Bepɔw Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, \nd Awurade\nd* de wusiw mununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya a ɛdɛw akata wɔn so anadwo; ntama kyinii bɛkata anuonyam yi nyinaa so. \v 6 Ɛbɛyɛ hintabea ne onwini wɔ awia anoden mu, na osu ne ahum mu nso, ɛbɛyɛ guankɔbea ne hintabea. \c 5 \s1 Bobe Turo Ho Dwom \q1 \v 1 Mɛto dwom ama me dɔfo \q2 dwom a ɛfa ne bobeturo ho: \q1 Na me dɔfo wɔ bobe turo bi \q2 wɔ asasebere bi a ɛda bepɔw ani. \q1 \v 2 Ofuntum asase no, yiyii mu abo, \q2 na oduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so. \q1 Osii ɔwɛn aban wɔ mfimfini \q2 na otuu nsakyiamoa nso. \q1 Afei ɔhwɛɛ anim sɛ obetwa bobe aba pa, \q2 nanso ɛsow aba bɔne. \b \q1 \v 3 “Afei mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, \q2 mummu me ne me bobeturo ntam atɛn. \q1 \v 4 Dɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo \q2 boro nea mayɛ yi so? \q1 Bere a merehwɛ anim sɛ minya bobe a eye no \q2 adɛn nti na ɛsow aba bɔne? \q1 \v 5 Afei mɛka \q2 nea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo: \q1 Meyi ho ban no afi hɔ, \q2 na wɔbɛsɛe no; \q1 mebubu ho ɔfasu, \q2 na wobetiatia so. \q1 \v 6 Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan \q2 a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, \q2 ohwirem ne nsɔe benyin wɔ so. \q1 Mɛhyɛ omununkum \q2 na wantɔ osu angu so.” \b \q1 \v 7 Asafo \nd Awurade\nd* bobeturo no \q2 yɛ Israelfi, \q1 na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. \q1 Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu; \q2 ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu. \s1 Nnome Ne Atemmu \q1 \v 8 Nnome nka mo a mode ofi ka ofi ho \q2 na mugyigye mfuw bobɔ so \q1 kosi sɛ asase no bɛsa \q2 na ɛka mo nko ara wɔ asase no so. \p \v 9 Asafo \nd Awurade\nd* apae mu aka ama mate: \q1 “Nokwarem, afi akɛse no bɛda mpan, \q2 na aban afɛɛfɛ no, obiara rentena mu. \q1 \v 10 Bobeturo kɛse pa ara no \q2 nsa kakraa bi na ebefi mu. \q1 Aba lita aduonu baako a wodua no \q2 wobenya so lita aduonu abien pɛ.” \b \q1 \v 11 Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema \q2 kɔhwehwɛ wɔn nsa akyi kwan \q1 wɔn a wosii pɛ anadwo \q2 kosi sɛ nsa bɛbow wɔn. \q1 \v 12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn aponto ase, \q2 akasae, ne atɛntɛbɛn ne nsa, \q1 nanso wotwiri nea \nd Awurade\nd* ayɛ, \q2 na wommu ne nsa ano adwuma. \q1 \v 13 Ɛno nti, me nkurɔfo bɛkɔ nnommum mu, \q2 efisɛ wonni ntease; \q1 ɔkɔm bekum wɔn mu atitiriw \q2 na osukɔm betware wɔn mu bebree. \q1 \v 14 Enti Owu bae nʼabogye mu \q2 na obue nʼanom bayaa; \q1 na mu na atitiriw ne dɔm no bɛkɔ \q2 wɔne wɔn a wɔsaw na wogye wɔn ani no. \q1 \v 15 Enti wɔbɛbrɛ onipa ase \q2 na wama adesamma abotow. \q2 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, \q1 \v 16 nanso Asafo \nd Awurade\nd* atɛntrenee bɛma no so, \q2 na Ɔkronkron Nyankopɔn de ne trenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni. \q1 \v 17 Afei nguan bɛkɔ adidi te sɛnea wɔwɔ wɔn adidibea; \q2 nguantenmma bedidi wɔ asikafo amamfo so. \b \q1 \v 18 Munnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne, \q2 na mode nteaseɛnam ntampehama twetwe amumɔyɛ. \q1 \v 19 Munnue, mo a moka se, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm, \q2 ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm \q1 sɛnea yebehu. \q2 Ma ɛmmɛn, \q1 Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛe no mmra, \q2 sɛnea yebehu.” \b \q1 \v 20 Munnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa \q2 na papa nso sɛ bɔne, \q1 mo a mode sum si hann anan mu \q2 na hann si sum anan mu, \q1 mo a mofrɛ nweenwen se dɛɛdɛ \q2 ne dɛɛdɛ se nweenwen. \b \q1 \v 21 Munnue, mo a mubu mo ho anyansafo, mo ankasa ani so \q2 ne anitewfo mo ankasa ani so. \b \q1 \v 22 Munnue mo a wɔfrɛ mo akatakyi wɔ nsanom mu \q2 ne ahoɔdenfo wɔ nsa afrafra mu. \q1 \v 23 Mo a mugye adanmude, na mugyaa nea odi fɔ \q2 na mubu nea odi bem no fɔ. \q1 \v 24 Enti sɛnea ogyaframa hyew nwuraguanee \q2 na sare a awo yera wɔ ogyaframa mu no, \q1 saa ara na mo ntin bɛporɔw, \q2 na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfutuma; \q1 efisɛ moapo Asafo \nd Awurade\nd* mmara \q2 na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm. \q1 \v 25 Enti \nd Awurade\nd* abufuw aba ne nkurɔfo so, \q2 wama ne nsa so, na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam. \q1 Mmepɔw no wosow, \q2 na afunu ayɛ sɛ mmɔnten so nwura. \b \q1 Nanso eyi nyinaa akyi, ne bo nnwoo ɛ, \q2 na ne nsa da so wɔ soro. \b \q1 \v 26 Ɔma frankaa so ma akyirikyiri aman, \q2 ɔhyɛn abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano. \q1 Wɔn na wɔreba no, \q2 afrɛ so ne ntɛm so! \q1 \v 27 Wɔn mu biara mmmrɛ na onhintiw, \q2 obiara ntɔ nko na ɔnna; \q1 abɔso biara mu nnwow wɔ asen mu \q2 na mpaboa hama biara nso rentew. \q1 \v 28 Wɔn agyan ano yɛ nnam, \q2 na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado; \q1 wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ ɔtwɛrebo, \q2 wɔn nteaseɛnam nkyimii te sɛ mfɛtɛ. \q1 \v 29 Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata de, \q2 na wɔbobɔ mu sɛ gyatamma; \q1 wɔbobɔ mu kyere wɔn hanam \q2 na wɔde no kɔ a ogyefo biara nni hɔ. \q1 \v 30 Da no wɔbɛbobɔ mu agu no so \q2 sɛnea po woro so no. \q1 Na sɛ obi hwɛ asase no a, \q2 obehu sum kabii ne ahohiahia; \q2 omununkum bɛma hann aduru sum. \c 6 \s1 Yesaia Soma \p \v 1 Afe a ɔhene Usia wui mu no, mihuu \nd Awurade\nd* sɛ ɔte ahengua a ɛkorɔn na wapagyaw so na nʼatade mmuano ayɛ hyiadan mu hɔ ma. \v 2 Na Serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban asia wɔ nʼatifi. Wɔde ntaban no abien kata wɔn anim, na wɔde abien nso kata wɔn nan ho na wɔde abien nso tu. \v 3 Na obiara teɛ mu kyerɛ ne yɔnko se, \q1 “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo \nd Awurade\nd*; \q2 Nʼanuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!” \m \v 4 Wɔn nne nnyigyei maa apon ne abobow ano wosowee, na wusiw yɛɛ hyiadan mu hɔ ma. \p \v 5 Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, \nd Awurade\nd* Asafo no yi.” \p \v 6 Na Serafim no mu baako a okura nnyansramma, a ɔde ɔdaban kɔfa fii afɔremuka no so tu baa me nkyɛn. \v 7 Ɔde eyi kaa mʼano kae se, “Hwɛ, eyi aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdi na wɔatua wo bɔne so ka.” \p \v 8 Afei, metee \nd Awurade\nd* nne a ɛrebisa se, “Hena na mensoma no? Na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” \p Na mekae se, “Mini. Soma me!” \p \v 9 Na ɔkae se, “Kɔ na kɔka kyerɛ saa nkurɔfo yi se, \q1 “ ‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase; \q2 Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu.’ \q1 \v 10 Efisɛ mo, moapirim mo koma; \q2 moasisiw mo aso, \q2 akatakata mo ani. \q1 Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade, \q2 na mo koma ate asɛm ase, \q1 na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.” \p \v 11 Na mekae se, “Enkosi da bɛn, Awurade?” \p Na obuae se, \q1 “Enkosi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ amamfo \q2 a nnipa ntete so, \q1 enkosi sɛ afi no bɛyɛ afituw \q2 na mfuw no asɛe ayɛ pasaa, \q1 \v 12 enkosi sɛ, \nd Awurade\nd* bɛpam obiara akɔ akyirikyiri \q2 na asase no ada mpan. \q1 \v 13 Mpo, sɛ nkyɛmu du mu baako ka asase no so a \q2 wɔbɛsɛe no bio. \q1 Nso sɛnea dupɔn anaa odum \q2 gyaw dunsin, bere a wɔatwa ato fam no, \q2 saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsin wɔ asase no so.” \c 7 \s1 Immanuel Ho Nsɛnkyerɛnne \p \v 1 Bere a Usia babarima Yotam babarima Ahas\f + \fr 7.1 \fr*\ft Ɛbɛyɛ afe 735 AWK mu no, Israel ne Siria ka bɔɔ mu tiaa Asiria, na wɔpɛɛ sɛ wɔhyɛ Ahas a na ɔyɛ Yuda hempɔn no na ɔne wɔn bɔ mu kɔko.\ft*\f* bedii Yudaman so hene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoe, nanso wɔantumi anni ne so. \p \v 2 Na wɔka kyerɛɛ Dawidfi se, “Aram ne Efraim ayɛ apam;” Enti Ahas ne ne nkurɔfo ho wosow sɛnea kwaennua wosow wɔ mframa ano no. \p \v 3 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yesaia se, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkohyia Ahas wɔ Atifi Tare no subon a ɛwɔ Ntamahorofo Afuw no kwan so. \v 4 Ka kyerɛ no se, ‘Hwɛ yiye, yɛ komm na nsuro. Mma wo koma ntu wɔ saa nnyentia abien a ɛrefi wusiw yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuwhyew no nti. \v 5 Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛe ho pɔw se, \v 6 “Momma yɛntow nhyɛ Yuda so, na yɛntetew wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yensi Tabeel babarima hene wɔ so.” \v 7 Nanso nea Asafo \nd Awurade\nd* se ni: \q1 “ ‘Ɛremma so, \q2 na ɛrensi da, \q1 \v 8 Aram ti ne Damasko, \q2 na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti. \q1 Mfirihyia aduosia anum mu no \q2 Efraim mu bɛtetew koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman. \q1 \v 9 Efraim ti ne Samaria \q2 Remalia babarima pɛ ne Samaria ti. \q1 Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidi mu a, \q2 worennyina koraa.’ ” \p \v 10 \nd Awurade\nd* kasa kyerɛɛ Ahas bio se, \v 11 “Bisa \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnne, sɛ ɛwɔ bun ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohɔ.” \p \v 12 Nanso Ahas buae se, “Meremmisa, merensɔ \nd Awurade\nd* nhwɛ.” \p \v 13 Na Yesaia kae se, “Muntie Dawidfi! Ɛnso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboase ahwɛ? Na mobɛsɔ me Nyankopɔn nso ntoboase ahwɛ ana? \v 14 Ɛno de, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnne; ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔbɛfrɛ no Immanuel. \v 15 Obedi nufusu ani srade ne ɛwo, bere a wahu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no. \v 16 Nanso ansa na abarimaa no behu nea ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa nea eye no, wɔbɛma ahemfo abien a wusuro wɔn no nsase ada mpan. \v 17 \nd Awurade\nd* de bere bi bɛba wo ne wo nkurɔfo ne wʼagya fi so a ɛso bi mmaa da, efi bere a Efraim tew ne ho fii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.” \p \v 18 Da no, \nd Awurade\nd* bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afi nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nnowa a wofi Asiria asase so. \v 19 Wɔn nyinaa bɛba abegu aku a mu dɔ ne ntokuru a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne suka mu. \v 20 Da no, \nd Awurade\nd* de oyiwan a obegye wɔ Asubɔnten no agya nohɔ wɔ Asiriahene nkyɛn, no beyi mo ti so ne mo anan ho nwi na wayi mo abogyesɛ nso. \v 21 Saa da no, obiara bɛyɛn nantwi ba baako ne mmirekyi abien. \v 22 Na esiane nufusu dodow a wɔbɛma nti, obenya nufusu ani srade adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bedi nufusu ani srade ne ɛwo. \v 23 Saa da no, baabiara a na anka bobe apem a ne bo yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wobehu nnɛnkyɛnse ne nsɔe. \v 24 Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, efisɛ nnɛnkyɛnse ne nsɔe agye hɔ. \v 25 Nkoko a na anka kan no wɔde nsɔw yɛ so adwuma, nnɛnkyɛnse ne nsɔe ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio; ɛbɛdan mmeaemmeae a wogyaa anantwi ne nguan ma wɔkɔ. \c 8 \s1 Asiria, \nd Awurade\nd* Nsa Mu Dade \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Fa nhoma mmobɔwee kɛse no na fa kyerɛwdua biara kyerɛw so. \v 2 Na mɛfrɛ ɔsɔfo Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ me dansefo nokwafo aba.” \v 3 Afei mekɔɔ nkɔmhyɛnibea no ho, na onyinsɛnee, woo ɔbabarima. Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas. \v 4 Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.” \p \v 5 \nd Awurade\nd* kasa kyerɛɛ me bio se, \q1 \v 6 “Esiane sɛ saa nkurɔfo yi apo \q2 Siloa nsu a ɛsen brɛoo \q1 na wodi ahurusi wɔ Resin \q2 ne Remalia babarima no ho nti, \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* reyɛ de Asubɔnten no \q2 yiri kɛse no atia wɔn, \q1 Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa. \q2 Ebeyiri afa nʼabon nyinaa mu, \q2 na abu afa ne konkɔn so \q1 \v 8 na apra abɛfa Yuda, akɔntɔn afa ho, \q2 ateɛ afa mu abɛdeda kɔn mu. \q1 Na atrɛtrɛw akata asase no nyinaa so \q2 Immanuel.” \b \q1 \v 9 Momma ɔko nteɛmu so, mo aman na wɔnnwerɛw mo! \q2 Muntie mo akyirikyiri aman. \q1 Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo! \q2 Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo! \q1 \v 10 Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no; \q2 da wo nsusuwii adi, nanso ɛrennyina, \q2 efisɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. \s1 Suro Onyankopɔn \p \v 11 \nd Awurade\nd* de ne nsa dennen no too me so, ka kyerɛ me, bɔɔ me kɔkɔ se mennantew saa nkurɔfo yi kwan so. Ɔkae se, \q1 \v 12 “Mommfrɛ no tirisopam \q2 biribiara a saa nkurɔfo yi frɛ no tirisopam no; \q1 Munnsuro nea wosuro, \q2 na momma ɛmmɔ mo hu. \q1 \v 13 Asafo \nd Awurade\nd* nko ara na ɛsɛ sɛ wubu no ɔkronkron, \q2 ɔno na ɛsɛ sɛ wusuro no, \q2 ɔno na ne ho yɛ hu, \q1 \v 14 ɔbɛyɛ kronkronbea: \q2 nanso Israel ne Yuda de, \q1 ɔbɛyɛ hintibo \q2 ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase. \q1 Na ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem de, \q2 ɔbɛyɛ afiri a ebeyi wɔn. \q1 \v 15 Wɔn mu bebree bɛwatiri; \q2 wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio, \q2 wobesum wɔn afiri na ayi wɔn.” \b \q1 \v 16 Kyekyere kɔkɔbɔ adanse no \q2 sɔw mmara no ano ma mʼasuafo. \q1 \v 17 Mɛtwɛn \nd Awurade\nd* \q2 a wayi nʼani afi Yakobfi so \q2 mede me werɛ bɛhyɛ ne mu. \p \v 18 Me ne mma a \nd Awurade\nd* de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo \nd Awurade\nd* a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn. \p \v 19 Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkohu samanfrɛfo ne nnunsifo a wɔkasa aso mu na emu ntew a, adɛn nti na wommmisa wɔn Nyankopɔn? Adɛn nti na mubisa ade wɔ awufo nkyɛn ma ateasefo? \v 20 Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann. \v 21 Wɔde ahohiahia ne ɔkɔm bɛnantenantew asase no so; na sɛ wɔtɔ beraw a, wɔn bo befuw na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn. \v 22 Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu. \c 9 \s1 Wɔawo Akokoaa Ama Yɛn \p \v 1 Nanso wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no renni awerɛhow bio. Kan no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufo man na ne kwan da Yordan ne po ntam no anuonyam. \q1 \v 2 Nnipa a wɔnam sum mu \q2 ahu Hann kɛse; \q1 wɔn a wɔte asase a so sum kabii no, \q2 hann bi apue wɔn so. \q1 \v 3 Woatrɛw ɔman no mu \q2 woama wɔn ani agye mmoroso \q1 wodi ahurusi wɔ wʼanim \q2 sɛnea nnipa di ahurusi otwabere, \q1 sɛnea nnipa ho sɛpɛw wɔn \q2 wɔ bere a wɔrekyɛ asade no. \q1 \v 4 Te sɛ da a Midian dii nkogu no, \q2 woadwerɛw konnua a ɛda wɔn so no, \q1 abaa a ɛda wɔn mmati, \q2 wɔn nhyɛsofo pema. \q1 \v 5 Ɔkofo mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa \q2 ne atade biara a mogya akeka mu, \q1 wobegyaw agu hɔ na wɔahyew; \q2 ɛbɛyɛ nea ɛma ogya dɛw. \q1 \v 6 Na wɔawo akokoaa ama yɛn, \q2 wɔama yɛn ɔbabarima, \q1 na amammui no bɛda ne mmati so. \q2 Na wɔbɛfrɛ no \q1 Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn, \q2 Daa Agya, Asomdwoe Wura. \q1 \v 7 Nʼamammui no nkɔso ne Nʼasomdwoe \q2 bɛtena hɔ daa. \q1 Ɔbɛtena Dawid ahengua so \q2 abu Nʼahenni, \q1 Ɔde atɛntrenee ne treneeyɛ \q2 befi ase na wama atim \q1 afi saa bere no akosi daa apem. \q2 Asafo \nd Awurade\nd* mmɔdemmɔ \q2 bɛyɛ eyi. \s1 \nd Awurade\nd* Abufuw A Etia Israel \q1 \v 8 Awurade ama Yakob nkra a etia no, \q2 na ɛbɛka Israel. \q1 \v 9 Nnipa no nyinaa behu, \q2 Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria \q1 a wɔde ahohoahoa \q2 ne ahomaso koma kasa no, \q1 \v 10 “Ntayaa no abubu agu fam \q2 nanso yɛde abo a wɔatwa bɛto bio. \q1 Wɔabubu borɔdɔma nnua no \q2 nanso yɛde sida besi anan mu.” \q1 \v 11 Nanso \nd Awurade\nd* ahyɛ Resin atamfo den atia wɔn, \q2 na ɔhyɛ wɔn atamfo no nkuran. \q1 \v 12 Aramfo a wofi apuei fam, \q2 Filistifo a wofi atɔe fam, \q2 abue wɔn anom amene Israel. \b \q1 Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, \q2 na ne nsa da so wɔ soro. \b \q1 \v 13 Nanso nnipa no nsan nkɔɔ nea ɔtwee wɔn aso no nkyɛn, \q2 na wɔnhwehwɛɛ Asafo \nd Awurade\nd* no akyi kwan nso. \q1 \v 14 Enti \nd Awurade\nd* betwa eti ne dua afi Israel ho \q2 na berɛw ne demmire nso, ɔde da koro pɛ; \q1 \v 15 mpanyimfo ne akunini no ne eti no, \q2 na atoro adiyifo no ne dua no. \q1 \v 16 Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no, nkyerɛ wɔn ɔkwan pa, \q2 na wɔn a wonya akwankyerɛ no nso, fom kwan. \q1 \v 17 Enti Awurade ani rennye mmerante no ho, \q2 na ɔrenhu ayisaa ne akunafo mmɔbɔ \q1 efisɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumɔyɛfo, \q2 ano biara ka ahuhusɛm. \b \q1 Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, \q2 na ne nsa da so wɔ soro. \b \q1 \v 18 Nokware, atirimɔden hye te sɛ ogya; \q2 ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe, \q1 ɛde ogya to kwaeberentuw mu hyew no, \q2 na ɛnam wusiw kumɔnn mu foro kɔ soro. \q1 \v 19 Ɛnam Asafo \nd Awurade\nd* abufuw so, \q2 asase no bɛkyen \q1 na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; \q2 na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no. \q1 \v 20 Nifa so, wɔbɛfom aduan adi, \q2 nanso ɔkɔm bɛde wɔn; \q1 benkum so wobedidi, \q2 nanso wɔremmee. \q1 Obiara bɛwe ne ba nam. \q2 \v 21 Manase bɛdan Efraim na Efraim adan Manase \q2 na wɔbɛbɔ mu atia Yuda. \b \q1 Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, \q2 na ne nsa da so wɔ soro. \b \b \c 10 \q1 \v 1 Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu, \q2 wɔn a wɔhyɛ mmara dennen a ɛde nhyɛso ba, \q1 \v 2 de siw ahiafo ahofadi ho kwan, \q2 de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden. \q1 Wɔma akunafo yɛ amanehunufo \q2 na wɔbɔ ayisaa korɔn. \q1 \v 3 Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no, \q2 bere a amanehunu fi akyirikyiri reba? \q1 Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa? \q2 Ɛhefa na mubegyaw mo ahode? \q1 \v 4 Ɛrenka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafo mu \q2 anaasɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfo mu. \b \q1 Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, \q2 na ne nsa da so wɔ soro. \s1 Asiria Atemmu A Efi Onyankopɔn \q1 \v 5 “Nnome nka Asiriani no, mʼabufuw abaa, \q2 nea okura mʼabufuwhyew pema no! \q1 \v 6 Mesoma no akɔ ɔman a wonnim Onyankopɔn so \q2 migya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuw so \q1 sɛ wonkogye akorɔnne abran so na wonhuam afowde, \q2 na wontiatia wɔn so sɛ dɔte wɔ mmɔnten so. \q1 \v 7 Nanso ɛnyɛ eyi ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ \q2 ɛnyɛ eyi ne nea ɛwɔ nʼadwene mu; \q1 ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe, \q2 sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awiei. \q1 \v 8 Na obisa se, ‘Ahemfo nyinaa nyɛ mʼasahene ana? \q2 \v 9 Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis ana? \q1 Hamat nte sɛ Arpad \q2 na Samaria nte sɛ Damasko ana? \q1 \v 10 Sɛnea migyee ahoni ahenni ahorow abran so, \q2 ahenni a wɔn nsɛsode sen nea ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no. \q1 \v 11 Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsode nni, \q2 sɛnea me ne Samaria ne nʼahoni dii no?’ ” \p \v 12 Sɛ Awurade wie nʼadwuma a etia Bepɔw Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka se, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ ne komapirim ne nʼani a ɛnsɔ ade no ho. \v 13 Efisɛ ɔka se, \q1 “ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ eyi, \q2 na mifi me nyansa mu, efisɛ mewɔ nimdeɛ. \q1 Mesɛee aman aman ahye, \q2 mefow wɔn ademude; \q2 mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbran. \q1 \v 14 Sɛnea obi teɛ ne nsa hyɛ berebuw mu no, \q2 saa ara nso na mɛteɛ me nsa wɔ amanaman no ahonyade so; \q1 sɛnea wɔtase nkesua a wɔagyaw hɔ no, \q2 saa ara na mɛboaboa amanaman no nyinaa ano; \q2 obiara ammɔ ne ntaban mu, \q2 na wammue nʼano ansu.’ ” \b \q1 \v 15 Abonnua ma ne ho so tra nea ɔtow, \q2 anaasɛ ɔwan hoahoa ne ho kyɛn nea ɔde no yɛ adwuma ana? \q1 Ayɛ te sɛnea abaa tumi dannan nea ɔmaa no so, \q2 anaasɛ poribaa tumi hinhim nea ɔnyɛ dua! \q1 \v 16 Afei Awurade, Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofo ahoɔdenfo no; \q1 ne kɛseyɛ mu wobefita ogya mu ama adɛw \q2 te sɛ gyaframa. \q1 \v 17 Israel Hann no bɛdan ogya. \q2 Wɔn Kronkronni no bɛyɛ ogya a ɛdɛw; \q1 ɔde da koro bɛhyew na wasɛe \q2 ne nsɔe ne nnɛnkyɛnse. \q1 \v 18 Ne kwae ne nʼasasebere anuonyam no, \q2 ɛbɛsɛe pasapasa \q2 te sɛ ɔyarefo a ɔrefɔn. \q1 \v 19 Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwae mu bɛyɛ kakraa bi \q2 a abofra betumi akyerɛ ne dodow. \s1 Israel Nkaefo \q1 \v 20 Da no, Israel nkae, \q2 Yakob fifo a wɔbɛka no, \q1 remfa wɔn ho nto no so bio \q2 nea ɔbɔɔ wɔn hwee fam no; \q1 na mmom wɔde wɔn ho bɛto \nd Awurade\nd* so nokware mu, \q2 Israel Kronkronni no. \q1 \v 21 Nkae bi bɛsan aba, Yakob nkae bi \q2 bɛsan aba Otumfo Onyankopɔn no nkyɛn. \q1 \v 22 Israel, ɛwɔ mu sɛ wo nkurɔfo dɔɔso sɛ mpoano nwea de, \q2 nanso nkae bi pɛ na wɔbɛsan. \q1 Wɔahyɛ ɔsɛe ho mmara dennen \q2 a ebebunkam so na ɛteɛ. \q1 \v 23 Awurade, Asafo \nd Awurade\nd* de ɔsɛe \q2 a wɔahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa. \q1 \v 24 Enti sɛɛ na Awurade, Asafo \nd Awurade\nd* se, \q2 “Me nkurɔfo a mote Sion, \q2 munnsuro Asiriafo no, \q1 wɔn a wɔde mmaa hwe mo \q2 na wɔma kontibaa so tia mo, sɛnea Misraim yɛe no. \q1 \v 25 Ɛrenkyɛ koraa mʼabufuw a etia mo no ano bedwo \q2 na mʼanibere bɛkɔ wɔn sɛe so.” \b \q1 \v 26 Asafo \nd Awurade\nd* de mpire bɛhwe wɔn, \q2 sɛnea ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no; \q1 na ɔbɛteɛ ne pema wɔ nsu no so, \q2 sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraim no. \q1 \v 27 Da no wobeyi wɔn adesoa no afi wɔn mmati so \q2 wɔn konnua afi wo kɔn mu; \q1 wobubu konnua no \q2 efisɛ woayɛ ɔbran yiye. \b \q1 \v 28 Wɔhyɛn Ayat; \q2 wɔfa Migron; \q2 na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas. \q1 \v 29 Wɔfaa ɔtempɔn no so, na wɔka se, \q2 “Yɛbɛwɛn wɔ Geba anadwo yi.” \q1 Rama ho popo; \q2 Saulo kurow Gibea nso guan. \q1 \v 30 Teɛ mu, Galim Babea! \q2 Tie, Laisa! \q2 Anatot Mmɔborɔni! \q1 \v 31 Madmena reguan; \q2 Gebimfo kɔtetɛw. \q1 \v 32 Nnɛ ara wobegyina wɔ Nob; \q2 wobehim wɔn nsa \q1 wɔ Ɔbabea Sion bepɔw no so, \q2 wɔ Yerusalem koko no so. \b \q1 \v 33 Hwɛ, Awurade, Asafo \nd Awurade\nd* no, \q2 ɔde tumi kɛse betwitwa dua mman no. \q1 Wobebubu nnua atenten no agu fam \q2 nea ɛwowaree no bɛba fam. \q1 \v 34 Ɔde abonnua betwitwa kwaedɔtɔ agu fam \q2 Lebanon bɛhwe ase wɔ Ɔkɛse no anim. \c 11 \s1 Yisai Ase Dubaa \q1 \v 1 Dua foforo bi befifi wɔ Yisai dunsin ho; \q2 efi ne ntin mu na Dubaa bi bɛsow aba. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* Honhom bɛtena ne so, \q2 nyansa ne ntease Honhom, \q1 afotu ne tumi Honhom, \q2 nimdeɛ ne \nd Awurade\nd* suro Honhom, \q1 \v 3 Na nʼani begye wɔ \nd Awurade\nd* suro mu. \q2 Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn, \q1 anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae; \q1 \v 4 na mmom ɔde trenee bebu mmɔborɔfo atɛn, \q2 ɔde atɛntrenee besi gyinae ama asase so ahiafo. \q1 Ɔde nʼano abaa na ɛbɛbɔ asase; \q2 ɔde nʼanofafa home bekunkum amumɔyɛfo. \q1 \v 5 Trenee bɛyɛ nʼabɔso \q2 na nokwaredi ayɛ nʼabɔso. \b \q1 \v 6 Pataku ne oguamma bɛtena, \q2 ɔsebɔ ne abirekyi bɛda, \q1 nantwi ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu; \q2 na abofra ketewa bi adi wɔn anim. \q1 \v 7 Nantwi ne sisi bɛbɔ mu adidi, \q2 wɔn mma bɛdeda faako, \q2 na gyata bɛwe wura te sɛ nantwi. \q1 \v 8 Akokoaa bedi agoru abɛn ɔprammiri amoa ano, \q2 na abofra ketewa de ne nsa ahyɛ ahurutoa bon mu. \q1 \v 9 Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe ade \q2 wɔ me bepɔw Kronkron nyinaa so, \q1 na \nd Awurade\nd* ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma \q2 sɛnea nsu ayɛ po ma no. \p \v 10 Na da no, Yisai aseni bɛsɔre; nea ɔbɛsɔre abedi aman aman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea benya anuonyam. \v 11 Saa da no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprenu so de agye ne nkurɔfo a wɔaka afi Asiria, Misraim anafo fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so asupɔw. \q1 \v 12 Ɔbɛma frankaa so ama aman no \q2 na wɔaboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu no ano; \q1 Ɔbɛboaboa Yudafo a wɔahwete no ano \q2 afi asase ntwea anan no so. \q1 \v 13 Efraim anibere betu ayera, \q2 na wɔbɛsɛe Yuda atamfo. \q1 Efraim ani remmere Yuda bio, \q2 na Yuda nso rentan Efraim ani. \q1 \v 14 Wobetwiw afa Filistia asiansian ahorow no so akɔ atɔe fam; \q2 na wɔbɛbɔ mu afow nnipa akɔ apuei fam. \q1 Wɔbɛfa Edom ne Moab, \q2 na Amonfo bɛhyɛ wɔn ase. \q1 \v 15 \nd Awurade\nd* bɛma nsu \q2 a ɛwɔ Misraim Po no mu ayow korakora; \q1 ɔbɛma ne nsa mu mframa a mu yɛ hyew \q2 abɔ afa Asubɔnten Eufrate so. \q1 Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa ason \q2 sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ahyɛ mpaboa atwa. \q1 \v 16 Ɔtempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfo nkae \q2 a wɔaka Asiria, \q1 sɛnea bi daa hɔ maa Israel \q2 bere a wofi Misraim bae no. \c 12 \s1 Ayeyi Nnwom \p \v 1 Saa da no, wobɛka se: \q1 “Mɛkamfo wo, \nd Awurade\nd*! \q1 Ɛwɔ mu wo bo fuw me de, \q1 nanso afei wʼabufuw ano adwo. \q2 Na woakyekye me werɛ. \q1 \v 2 Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; \q2 mede me ho bɛto no so, na merensuro. \q1 \nd Awurade\nd*, \nd Awurade\nd* ne mʼahoɔden ne me dwom; \q2 na wabɛyɛ me nkwagye.” \q1 \v 3 Wode anigye bɛsaw nsu \q2 afi nkwagye mmura mu. \p \v 4 Saa da no wobɛka se, \q1 “Da \nd Awurade\nd* ase, bɔ ne din \q2 ma amanaman nhu nea wayɛ, \q1 na pae mu ka se wɔama ne din so. \q1 \v 5 To dwom ma \nd Awurade\nd*, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree. \q1 Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa. \q1 \v 6 Momma mo nne so nto dwom anigye so \q2 mo a mowɔ Sion, \q1 efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.” \c 13 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia \p \v 1 Amos babarima Yesaia adehu a ɛfa Babilonia ho ni: \q1 \v 2 Ma frankaa so wɔ bepɔw a hwee nni so no atifi, \q2 teɛ mu frɛ wɔn: \q1 nyama wɔn \q2 ma wɔnhyɛn atitiriw no apon mu. \q1 \v 3 Mahyɛ mʼahotewfo; \q2 mafrɛ mʼakofo sɛ wɔnna mʼabufuwhyew adi, \q2 wɔn a wodi me nkonimdi ho ahurusi. \b \q1 \v 4 Tie huuyɛ bi a ɛwɔ mmepɔw no so \q2 te sɛ dɔm kɛse bi de! \q1 Tie akasakasa a ɛwɔ ahenni ahorow mu, \q2 te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! \q1 Asafo \nd Awurade\nd* reboa dɔm ano akɔ ɔko. \q1 \v 5 Wofifi akyirikyiri aman so, \q2 wofifi ɔsoro ahye so, \q2 \nd Awurade\nd* ne nʼakode a ɛyɛ nʼabufuwhyew; \q2 bɛsɛe ɔman no nyinaa. \b \q1 \v 6 Twa adwo, na \nd Awurade\nd* da no abɛn; \q2 ɛbɛba te sɛ ɔsɛe a efi Otumfo no. \q1 \v 7 Eyi nti, nsa nyinaa bedwudwo, \q2 obiara koma bɛbotow. \q1 \v 8 Wɔbɛbɔ hu, \q2 ɔyaw ne apinisi bekita wɔn; \q2 wobebubu wɔn mu te sɛ ɔbea a awo aka no. \q1 Wɔde ahodwiriw bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, \q2 a wɔn ani asosɔ gya. \b \q1 \v 9 Hwɛ, \nd Awurade\nd* da no reba \q2 da bɔne a abufuw ne abufuwhyew wɔ mu, \q1 ɛrebɛsɛe asase no \q2 na asɛe abɔnefo a wɔte so no. \q1 \v 10 Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuw renhyerɛn. \q2 Sum beduru owia a ɛrepue \q2 na ɔsram nso renhyerɛn. \q1 \v 11 Mɛtwe wiase aso, ne bɔne nti, \q2 ne amumɔyɛfo wɔ wɔn nnebɔne ho. \q1 Metwa ahantanfo ahomaso so \q2 mɛbrɛ nea odi awurukasɛm no ahantan ase. \q1 \v 12 Mɛma onipa ho ayɛ na asen sika kɔkɔɔ ankasa \q2 ɔbɛsen Ofir sikakɔkɔɔ. \q1 \v 13 Enti mɛma ɔsoro awosow; \q2 na asase ahinhim wɔ ne sibea \q1 wɔ Asafo \nd Awurade\nd* abufuwhyew ano \q2 nʼabufuwhyewda no. \b \q1 \v 14 Te sɛ ɔwansan a ɔbɔmmɔfo rehwehwɛ no akum no, \q2 te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo, \q1 obiara bɛkɔ ne nkurɔfo mu, \q2 obiara beguan akɔ nʼasase so. \q1 \v 15 Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wobehwirew no afoa akum no; \q2 wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano. \q1 \v 16 Wɔbɛtotow nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: \q2 wɔbɛfom wɔn afi mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom mmonnaa. \b \q1 \v 17 Hwɛ mɛhwanyan Mediafo atia wɔn, \q2 wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee \q2 na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho. \q1 \v 18 Wɔn tadua bɛbobɔ mmerante ahwehwe fam; \q2 wɔrenhu nkokoaa mmɔbɔ \q2 na wɔrennya ayamhyehye mma mmofra. \q1 \v 19 Babilonia, ahenni ahorow mu ɔbohemaa, \q2 anuonyam a Babiloniafo de hoahoa wɔn ho no \q1 Onyankopɔn bɛdan abutuw \q2 te sɛ Sodom ne Gomora. \q1 \v 20 Nnipa rentena hɔ bio \q2 awo ntoatoaso nyinaa mu; \q1 Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔ \q2 oguanhwɛfo biara remfa ne nguan nkɔhome wɔ hɔ. \q1 \v 21 Nanso sare so mmoa bɛda hɔ. \q2 Sakraman bɛyɛ nʼafi no mu ma; \q1 hɔ na mpatu bɛtena, \q2 hɔ na wura mu mmirekyi nso bedi agoru. \q1 \v 22 Mpataku bɛtena nʼabandennen mu, \q2 adompo bɛyɛ nʼahemfi fɛfɛ no mu ma. \q1 Ne bere aso, \q2 na wɔrentwe ne nna mu. \b \b \c 14 \q1 \v 1 \nd Awurade\nd* behu Yakob mmɔbɔ; \q2 ɔbɛsan afa Israel \q2 na ɔbɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn ankasa asase so. \q1 Ananafo bɛba abɛka wɔn ho \q2 na wɔne Yakobfi aka abɔ mu. \q1 \v 2 Amanaman bɛfa wɔn \q2 de wɔn aba wɔn ankasa atenae. \q1 Na Israelfi bɛfa amanaman no ayɛ wɔn de \q2 sɛ nkoa ne mfenaa wɔ \nd Awurade\nd* asase so. \q1 Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfo no nnommum \q2 na wobedi wɔn sohwɛfo so. \p \v 3 Na da a \nd Awurade\nd* bɛma mo ɔhome afi amanehunu, ahoyeraw ne nkoasom dennen mu no, \v 4 mubedi Babiloniahene ho fɛw se: \q1 hwɛ sɛnea sohyɛfo no aba nʼawie! \q2 ne sɛnea nʼabufuw nso to atwa! \q1 \v 5 \nd Awurade\nd* abubu otirimɔdenfo no abaa mu, \q2 sodifo ahempema no, \q1 \v 6 nea abufuw mu no ɔde bobɔɔ wɔn \q2 toatoaa so hwehwee fam, \q1 na abufuwhyew mu otintim wɔn so a ahomegye nni mu \q2 de brɛɛ amanaman no ase no. \q1 \v 7 Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoe mu; \q2 na wɔto dwom. \q1 \v 8 Mpo, ɔpepaw nnua ne Lebanon sida \q2 nya ho anigye na wɔka se, \q1 “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, \q2 duatwafo biara remmetwa yɛn.” \b \q1 \v 9 Awufo nna a ɛwɔ ase no rekeka ne ho \q2 abehyia wo kwan; \q1 ɛkanyan wɔn a wɔafi mu no honhom \q2 sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, \q1 wɔn a na wɔyɛ akannifo wɔ wiase \q2 ɛma wɔsɔre fi wɔn nhengua so, \q2 wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. \q1 \v 10 Wɔn nyinaa begye so, \q2 wɔbɛka akyerɛ wo se, \q1 “Wo nso woayɛ mmerɛw sɛ yɛn; \q2 woayɛ sɛ yɛn ara.” \q1 \v 11 Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba ɔda mu, \q2 ne huuyɛ a efi wo asanku no; \q1 wɔde nsaammoa asɛw kɛtɛ ama wo \q2 na asunson akata wo so. \b \q1 \v 12 Sɛnea wufi ɔsoro abɛhwe fam, \q2 anɔpa nsoromma, adekyee babarima! \q1 Wɔato wo abɛhwe asase so, \q2 wo a na kan no wobrɛ amanaman ase! \q1 \v 13 Wokaa no wo koma mu se, \q2 “Mɛforo akɔ ɔsoro; \q1 mɛma mʼahengua so \q2 asi Onyankopɔn nsoromma atifi; \q1 mɛtena ase adi hene wɔ ahyiae bepɔw so, \q2 nea ɛkorɔn pa ara wɔ bepɔw kronkron no so. \q1 \v 14 Mɛforo atra omununkum atifi; \q2 mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.” \q1 \v 15 Nanso wɔde wo abɛto ɔda mu, \q2 amoa donkudonku ase tɔnn. \b \q1 \v 16 Wɔn a wuhu wo no hwɛ wo haw, \q2 wodwen nea ato wo no ho bisa se, \q1 “Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosow asase \q2 na ɔmaa ahenni ho popoe, \q1 \v 17 ɔbarima a ɔmaa wiase dan nweatam, \q2 nea ɔdan ne nkuropɔn butuwii \q1 na wamma ne nneduafo ankɔ wɔn nkyi no ni?” \b \q1 \v 18 Amanaman ahemfo no nyinaa wɔadeda wɔn \q2 obiara wɔ ne da mu. \q1 \v 19 Nanso wɔapam wo afi wo da mu \q2 te sɛ dubaa a wɔapo; \q1 wɔde wɔn a wɔatotɔ akata wo so, \q2 wɔn a wɔtɔɔ wɔ afoa ano, \q1 wɔn a wosian kɔ abo amoa mu, \q2 te sɛ funu a wɔatiatia so, \q2 \v 20 Wɔrensie wo nka wɔn ho, \q2 efisɛ woasɛe wʼasase \q1 na wakunkum wo nkurɔfo. \b \b \q1 Otirimɔdenfo asefo no \q2 wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼade sɛ ɔhene. \q1 \v 21 Siesie faako a wobekunkum ne mmabarima \q2 wɔ wɔn agyanom bɔne nti; \q1 ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so \q2 na wɔde wɔn nkuropɔn pete so. \b \q1 \v 22 “Mɛsɔre atia wɔn,” \q2 Sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \q1 “Metwa ne din ne ne nkae, \q2 ne mma ne ne nenanom afi Babilonia ho,” \q2 sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \q1 \v 23 “Mɛdan no ayɛ faako a mpatu wɔ \q2 ne ɔwora; \q1 mede ɔsɛeprae bɛpra no,” \q2 sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Asiria \p \v 24 Asafo \nd Awurade\nd* aka ntam se, \q1 “Nokware, sɛnea mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ, \q2 na sɛnea masusuw no, ɛrensesa. \q1 \v 25 Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so; \q2 metiatia no so me mmepɔw so. \q1 Obeyi ne konnua afi me nkurɔfo so, \q2 na nʼadesoa nso afi wɔn so.” \b \q1 \v 26 Eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama wiase nyinaa; \q2 eyi ne nsa a wɔateɛ wɔ aman nyinaa so. \q1 \v 27 Na sɛ Asafo \nd Awurade\nd* ayɛ nʼadwene a hena na obesiw no kwan? \q2 Na sɛ wateɛ ne nsa, hena na obesianka no? \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Filistifo \p \v 28 Saa adehu yi baa afe a ɔhene Ahas wui no: \q1 \v 29 Munnni ahurusi, mo Filistifo, \q2 sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; \q1 saa ɔwɔ no ase na ahurutoa befi aba, \q2 na nʼaba bɛyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hare na nʼano wɔ bɔre. \q1 \v 30 Ahiafo mu hiani benya didibea, \q2 na mmɔborɔni bɛda asomdwoe mu. \q1 Nanso wʼasefo de, mede ɔkɔm bɛtɔre wɔn ase; \q2 ebekunkum wo nkae no. \b \q1 \v 31 Twa adwo, kurow pon! Su teɛ mu kuropɔn! \q2 munguan, mo Filistifo! \q1 Wusiw kumɔnn bi fi atifi fam reba, \q2 na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu. \p \v 32 Mmuae bɛn na wɔde bɛma \q2 saa ɔman no ananmusifo? \q1 “\nd Awurade\nd* de Sion atim hɔ, \q2 ne mu na nʼamanehunufo benya guankɔbea.” \c 15 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Moab \p \v 1 Adehu a ɛfa Moab ho: \q1 Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab \q2 Da koro anadwo bi, \q1 wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab \q2 da koro anadwo bi!\f + \fr 15.1 \fr*\ft Ar ne Kir yɛ Moabfo nkurow atitiriw abien.\ft*\f* \q1 \v 2 Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu, \q2 ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu; \q2 Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho. \q1 Wɔayi eti biara so nwi \q2 na abogyesɛ biara nso wɔatwitwa. \q1 \v 3 Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so; \q2 wɔ adan atifi ne ɔman ahyiae \q1 wɔn nyinaa retwa adwo, \q2 wɔdeda fam na wosu. \q1 \v 4 Hesbon ne Eleale teɛ mu su, \q2 wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ. \q1 Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su, \q2 na wɔbotobotow. \b \q1 \v 5 Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu; \q2 nʼaguanfo guan kodu Soar, \q2 ne Eglat Selisiya. \q1 Wɔforo kɔ Luhit, \q2 wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; \q1 Horonaim kwan so nso \q2 wodi wɔn sɛe ho awerɛhow. \q1 \v 6 Nimrim nsuwansuwa ayoyow \q2 na sare no ahyew \q1 afifide nyinaa ayera \q2 na ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono. \q1 \v 7 Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ no \q2 wɔsoa de kotwa mpampuro bon. \q1 \v 8 Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so; \q2 wɔn agyaadwotwa kodu Eglaim \q2 na wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim. \q1 \v 9 Dimon nsu ayɛ mogya nko ara \q2 nanso mɛkɔ so ne no adi \q1 gyata bɛba Moab aguanfo so \q2 ne wɔn a wɔbɛka asase no so no so. \b \b \c 16 \q1 \v 1 Momfa nguantenmma sɛ sonkahiri \q2 nkɔma asase no sodifo, \q1 efi Sela fa nweatam no so, \q2 kɔka Ɔbabea Sion bepɔw no so. \q1 \v 2 Te sɛ nnomaa a wɔaka wɔn afi berebuw mu \q2 na wotu nenam wim no \q1 saa na Moabfo mmea te \q2 wɔ Arnon asutwabea. \b \q1 \v 3 Moab ka se, “Munsi mo adwene pi, \q2 monna mo gyinaesi adi. \q1 Monyɛ mo sunsuma sɛ anadwo, \q2 awia ketee. \q1 Momfa aguanfo no nhintaw \q2 munnyi atubrafo no mma. \q1 \v 4 Momma Moabfo aguanfo no ne mo ntena; \q2 monyɛ wɔn bammɔ wɔ ɔsɛefo no ho.” \b \q1 Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawie \q2 na adesɛe to betwa; \q2 opoobɔfo no bɛyera wɔ asase no so. \q1 \v 5 Ɔdɔ mu na Onyankopɔn besi ahengua bi; \q2 ɔbarima bi de nokwaredi bɛtena so, \q2 obi a ofi Dawid fi, \q1 nea atemmu mu no ɔpɛ atɛntrenee \q2 na ɔntwentwɛn adetreneeyɛ ho. \b \q1 \v 6 Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, \q2 nʼani a atra ne ntɔn mmoroso, \q1 nʼahomaso ne nʼasoɔden \q2 nanso hwee nni nʼahomaso no mu. \q1 \v 7 Enti Moabfo twa adwo, \q2 wɔbɔ mu su ma Moab. \q1 Wodi awerɛhow na wɔbɔ abubuw, \q2 ma Kir Hereset bobe aba ɔfam. \q1 \v 8 Hesbon mfuw no hyew, \q2 Sibma bobe mfuw nso saa ara. \q1 Aman sodifo no atiatia bobe papa no so, \q2 nea kan na wɔde kɔ Yaser \q1 na ɛtrɛtrɛw kɔ nweatam so no. \q2 Wɔn mman trɛtrɛw kɔka mpoano pɛɛ. \q1 \v 9 Enti misu sɛnea Yaser su, \q2 de ma Sibma bobe mfuw. \q1 Hesbon ne Eleale, \q2 mede misu fɔw mo! \q1 Mo aduaba a abere ho ahurusi \q2 ne otwabere de no aka. \q1 \v 10 Ahosɛpɛw ne anigye nni mfikyifuw no mu; \q2 obiara nto dwom, na ɔnteɛteɛ mu wɔ bobeturo mu; \q1 obiara nkyi nsa wɔ nsakyiamoa so, \q2 efisɛ mede nteɛteɛmu aba nʼawiei. \q1 \v 11 Misi apini wɔ me koma mu wɔ Moab ho \q2 te sɛ sankuten so kwadwom; \q2 na me yam hyehye me ma Kir Hereset. \q1 \v 12 Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a \q2 ɔhaw ne ho kwa; \q1 sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpae a, \q2 ɛrenkosi hwee. \p \v 13 Eyi ne asɛm a \nd Awurade\nd* aka dedaw afa Moab ho. \v 14 Nanso mprempren \nd Awurade\nd* ka se, “Mfe abiɛsa mu, sɛnea akoa a nhyehyɛe kyekyere no no bebu nna no, wobebu Moab anuonyam ne ne nkurɔfo dodow no nyinaa animtiaa, na ne nkae no bɛyɛ kakraa bi a wonni ahoɔden.” \c 17 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Damasko \p \v 1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Damasko ho: \q1 “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio \q2 ɛbɛdan ayɛ nnwiriwii siw. \q1 \v 2 Aroer nkuropɔn bɛdan amamfo \q2 na wɔagyaw ama nguankuw ama wɔadeda hɔ, \q2 a obiara renyi wɔn hu. \q1 \v 3 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim, \q2 adehyetumi nso befi Damasko; \q1 Aram nkae bɛyɛ \q2 Israelfo anuonyam,” \q2 Sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 4 “Da no Yakob anuonyam bɛpa; \q2 na ne mu srade bɛsa. \q1 \v 5 Ɛbɛyɛ sɛnea nnɔbaetwafo twa aburow a egyina afuw so \q2 na ɔde ne nsa penpan, \q1 sɛ bere a obi redi mpɛpɛwa \q2 wɔ Refaim Bon mu. \q1 \v 6 Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka, \q2 sɛnea wɔwosow ngodua a ɛyɛ no, \q1 ɛka aba no abien anaa abiɛsa wɔ atifi mman no so, \q2 ne anan anaa anum wɔ mman a ɛso no so,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn se ni. \b \q1 \v 7 Saa da no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfo so \q2 na wɔadan wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no. \q1 \v 8 Wɔremfa wɔn ho nto afɔremuka a \q2 ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, \q1 na wobebu Asera nnua ne nnuhuam afɔremuka \q2 a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtiaa. \p \v 9 Da no wɔn nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen, a Israelfo nti wogyaw hɔ no, bɛyɛ sɛ mmeaemmeae a wɔagyaw ama nnɔtɔ ne nwura. Ne nyinaa bɛda mpan. \q1 \v 10 Mo werɛ afi Onyankopɔn, mo Agyenkwa, \q2 na monkaee Ɔbotan no, mo abandennen no. \q1 Enti ɛwɔ mu sɛ mopɛ nnua papa \q2 na mudua bobe a moatɔ afi amannɔne, \q1 \v 11 ɛwɔ mu, da a muduae no, moma enyinii \q2 anɔpa a muduae no, moma eguu nhwiren, \q1 nanso otwa no renyɛ hwee sɛ \q2 ɔyare ne ɔyaw a wontumi nsa. \b \q1 \v 12 Nnome nka aman dodow a wohuru so no, \q2 wohuru so te sɛ po a ɛrebɔ asorɔkye! \q1 Nnome nka nnipa dodow a wɔworo so, \q2 wɔworo so sɛ asu akɛse! \q1 \v 13 Ɛwɔ mu, nnipa dodow woro so te sɛ, asu a ɛresen mmirika so, \q2 sɛ ɔka wɔn anim a woguan kɔ akyirikyiri, \q1 te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔw so \q2 te sɛ nweatam so nwura a mframaden rebɔ no. \q1 \v 14 Anwummere, wɔbɔ yɛn hu awerɛfiri mu \q2 ansa na ade bɛkyɛ no na wɔkɔ dedaw! \q1 wɔn a wɔfow yɛn nneɛma, \q2 ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔn kyɛfa ni. \c 18 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Kus \q1 \v 1 Due asase a ntaban nnyigyei wɔ so \q2 wɔ Kus nsubɔnten ho, \q1 \v 2 ɔsoma ananmusifo a wɔnam po so \q2 wɔde paparɔso akorow fa nsu ani. \b \q1 Monkɔ, asomafo ahoɔharefo, \q1 monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom, \q2 nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, \q1 anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, \q2 na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn. \b \q1 \v 3 Mo wiasefo nyinaa, \q2 mo a motete asase so, \q1 sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a, \q2 mubehu \q1 sɛ wɔhyɛn torobɛnto a, \q2 mobɛte. \q1 \v 4 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* ka kyerɛ me, \q2 “Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn. \q1 Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ, \q2 te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.” \q1 \v 5 Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam no \q2 na nhwiren no anyin adan bobe no, \q1 wɔde asosɔw betwitwa mman no, \q2 wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ. \q1 \v 6 Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaa \q2 a wokum mmoa we ne wuram mmoa; \q1 nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu. \q2 Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu. \p \v 7 Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo \nd Awurade\nd* \q1 ebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ, \q2 nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, \q1 aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, \q2 na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu, \m wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo \nd Awurade\nd* din atim no. \c 19 \s1 Nkɔmhyɛ A Ɛfa Misraim \p \v 1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Misraim ho: \q1 Monhwɛ! \nd Awurade\nd* nam ahoɔhare omununkum mu \q2 na ɔreba Misraim. \q1 Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, \q2 na Misraimfo koma botow wɔ wɔn mu. \b \q1 \v 2 “Mɛma Misraimfo atwa wɔn ho ako, \q2 onua bɛko atia onua, \q2 ɔyɔnko atia ɔyɔnko, \q2 kuropɔn atia kuropɔn, \q2 ahenni atia ahenni. \q1 \v 3 Misraimfo no rennya abodwo, \q2 na mɛma wɔn nhyehyɛe ayɛ ɔkwa. \q1 Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufo ahonhom, \q2 samanfrɛfo ne nkonyaayifo nkyɛn. \q1 \v 4 Mede Misraim bɛhyɛ \q2 owura tirimuɔdenfo tumi ase, \q1 na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,” \q2 sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 5 Nsubɔnten mu nsu bɛyow, \q2 na konkɔn bɛwo ayɛ wosee. \q1 \v 6 Nsuka beyi hua; \q2 na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na ayow. \q1 Demmire ne sare bekisakisa, \q2 \v 7 Nil nsunoa nnua nso, \q2 nea ɛwɔ asubɔnten no abɔe no. \q1 Nil nsunoa so mfuw nyinaa \q2 bɛwo wosee na awu koraa. \q1 \v 8 Apopofo nyinaa besi apini atwa adwo, \q2 wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa; \q1 wɔn a wogu asau wɔ nsu no so \q2 bedi awerɛhow. \q1 \v 9 Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bebu, \q2 wɔn a wɔnwen nwera no anidaso bɛsa. \q1 \v 10 Wɔn a wɔyɛ ntama ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ \q2 na wɔn a wogye akatua nyinaa koma bɛbotow. \b \q1 \v 11 Soan adwumayɛfo nka hwee sɛ nkwaseafo; \q2 Farao agyinatufo anyansafo ma afotu bɔne. \q1 Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao se, \q2 “Meyɛ anyansafo no mu baako, \q2 tete ahemfo no kyidifo?” \b \q1 \v 12 Wʼanyansafo no wɔ he afei? \q2 Ma wɔnkyerɛ wo na ma wonhu \q1 nea Asafo \nd Awurade\nd* \q2 ahyehyɛ atia Misraim. \q1 \v 13 Soan adwumayɛfo abɛyɛ nkwaseafo, \q2 wɔadaadaa Memfis\f + \fr 19.13 \fr*\ft Na Memfis yɛ Misraim kuropɔn.\ft*\f* akwankyerɛfo \q1 ne nnipa no ntuano \q2 ama Misraim afom kwan. \q1 \v 14 \nd Awurade\nd* ahwie \q2 anisobiri honhom agu wɔn mu; \q1 wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu, \q2 te sɛ nea ɔsabowfo tɔ ntintan wɔ ne fe ho no. \q1 \v 15 Biribiara nni hɔ a Misraim betumi ayɛ, \q2 sɛ eti anaa ɛto, abɛ anaa demmire. \p \v 16 Saa da no, Misraimfo bɛyɛ sɛ mmea, Asafo \nd Awurade\nd* nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. \v 17 Na Yuda asase no bɛma Misraimfo abɔ hu, obiara a ɔbɛte Yuda din no besuro, esiane nea Asafo \nd Awurade\nd* rehyehyɛ atia wɔn nti. \p \v 18 Saa da no, Misraim nkurɔpɔn anum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo \nd Awurade\nd* ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu ɔbaako se Ɔsɛe Kuropɔn. \p \v 19 Saa da no, wobesi afɔremuka wɔ Misraim mfimfini ama \nd Awurade\nd*, na wɔasi nkaedum wɔ ne hye so nso ama \nd Awurade\nd*. \v 20 Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne adansede ama Asafo \nd Awurade\nd* wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofo nti wosu frɛ \nd Awurade\nd* a, ɔbɛsoma ogyefo ne bammɔni, na obegye wɔn. \v 21 Enti \nd Awurade\nd* bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfo, na saa da no wobehu \nd Awurade\nd*. Wɔde afɔrebɔ ne nnuan bɛsom, wɔbɛhyɛ \nd Awurade\nd* bɔ, na wɔadi so. \v 22 \nd Awurade\nd* de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yare. Wɔbɛdan akɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn, na obetie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yare. \p \v 23 Saa da no, ɔtempɔn befi Misraim ne Asiria. Asiriafo bɛkɔ Misraim na Misraimfo akɔ Asiria. Misraimfo ne Asiriafo bɛbɔ mu asom. \v 24 Saa da no Israel bɛto Misraim ne Asiria so sɛ abiɛsa, a ayɛ nhyira wɔ asase so. \v 25 Na Asafo \nd Awurade\nd* behyira wɔn, aka se, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfo, Asiria me nsa ano adwuma ne Israel mʼagyapade.” \c 20 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Misraim Ne Kus \p \v 1 Afe a Asiriahene Sargon somaa ne man no sahene kɔɔ Asdod kɔtow hyɛɛ no so na odii ne so nkonim no, \v 2 saa bere no \nd Awurade\nd* faa Yesaia, Amos babarima so kasae se, “Yi atweaatam no fi wo ho ne mpaboa no fi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagyaw a nʼanan nso sisi fam dii akɔneaba. \p \v 3 Na \nd Awurade\nd* kae se, “Sɛnea me somfo Yesaia de adagyaw anantew mfe abiɛsa a nʼanan nso sisi fam yi de, ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnne a etia Misraim ne Kus no, \v 4 saa ara na Asiriahene bedi Misraim nneduafo ne Kus nnommum a wɔdeda adagyaw na wɔn nan sisi fam, mmabun ne mpanyin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase. \v 5 Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no besuro na wɔn ani awu. \v 6 Saa da no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka se, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yeguan kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wobegye yɛn afi Asiriahene nsam no! Yɛbɛyɛ dɛn na yɛaguan?’ ” \c 21 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia \p \v 1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho: \q1 Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no, \q2 ɔtamfo bi fi nweatam so reba, \q2 ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so. \b \q1 \v 2 Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me: \q1 Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade. \q1 Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim! \q2 Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei. \b \q1 \v 3 Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu, \q2 ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no; \q1 nea metee no nti mintumi nnyina me nan so, \q2 nea mihu no ama me ho adwiriw me. \q1 \v 4 Me koma bɔ kitirikitiri, \q2 ehu ma me ho popo; \q1 na hann a mepɛɛ sɛ mihu no \q2 abɛyɛ aninyanne ama me. \b \q1 \v 5 Wɔto pon, \q2 wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam, \q2 wodidi, na wɔnom! \q1 Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo, \q2 momfa ngo nsrasra mo akatabo ho! \p \v 6 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me: \q1 “Fa ɔwɛmfo kogyina hɔ \q2 na ɔnka nea ohu nkyerɛ wo. \q1 \v 7 Sɛ ohu nteaseɛnam \q2 ne apɔnkɔ akuwakuw, \q1 wɔn a wɔtete mfurum so \q2 ne wɔn a wɔtete yoma so a, \q1 ɔnwɛn nʼaso, \q2 nwɛn no pa ara.” \q1 \v 8 Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, \q2 “Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no so \q1 Anadwo biara, migyina hɔ. \q1 \v 9 Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi \q2 ɔne apɔnkɔ dɔm. \q1 Na ɔwɛmfo no kae se, \q2 ‘Babilon ahwe ase, wahwe ase! \q1 Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa \q2 abubu agu fam!’ ” \b \q1 \v 10 Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea ase \q2 meka nea mate kyerɛ mo \q1 nea efi Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 nea efi Israel Nyankopɔn hɔ. \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Edom \p \v 11 Adehu a ɛfa Duma ho: \q1 Obi frɛ me fi Seir, \q2 “Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ? \q2 Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?” \q1 \v 12 Ɔwɛmfo no bua se, \q2 “Ade rekye, nanso ade bɛsa. \q1 Sɛ wubebisa bio a \q2 san bra bebisa.” \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Arabia \p \v 13 Adehu a ɛfa Arabia ho: \q1 Mo Dedan akwantufo a \q2 mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase, \q2 \v 14 Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn; \q1 mo a motete Tema, \q2 mommrɛ aguanfo no aduan. \q1 \v 15 Woguan fi afoa a watwe \q2 tadua a wɔakuntun mu \q1 ne ɔko a egyina mu ano. \p \v 16 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa. \v 17 Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, aka ni. \c 22 \s1 Nkɔmhyɛ A Ɛfa Yerusalem Ho \p \v 1 Nkɔmhyɛ a etia Anisoadehu Bon no: \q1 Dɛn na ɛhaw mo mprempren, \q2 a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi, \q1 \v 2 kurow a basabasayɛ ahyɛ no ma, \q2 huuyɛ ne ahosɛpɛw kuropɔn? \q1 Ɛnyɛ afoa ano na wʼatɔfo hweree wɔn nkwa, \q2 na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso. \q1 \v 3 Mo akannifo nyinaa abɔ mu aguan; \q2 wɔamfa tadua ankyekye wɔn. \q1 Mo a wɔkyeree mo nyinaa wɔfaa mo nneduafo \q2 mo a muguan wɔ bere a na atamfo no wɔ akyirikyiri. \q1 \v 4 Enti mekae se, “Mumfi me so \q2 na mintwa adwo. \q1 Monnkyekye me werɛ \q2 wɔ me nkurɔfo sɛe ho.” \b \q1 \v 5 Awurade, Asafo \nd Awurade\nd* wɔ da bi \q2 ma huuyɛ, ntiatiaso ne ehu \q2 wɔ Anisoadehu Bon no mu, \q1 da a wɔde bubu afasu \q2 na wɔde su kyerɛ mmepɔw. \q1 \v 6 Elam fa bɛmma no \q2 ka ne nteaseɛnamkafo ne apɔnkɔ ho; \q2 Kir ama kyɛm no so. \q1 \v 7 Nteaseɛnam ayɛ mo bon fɛfɛ no ma, \q2 na wɔde apɔnkɔsotefo agyinagyina kuropɔn apon no ano. \b \q1 \v 8 Wɔayi Yuda ho bammɔ no. \q2 Na da no wode wʼani too \q2 akode a ɛwɔ Kwae mu Ahemfi no so; \q1 \v 9 wuhuu sɛ Dawid Kuropɔn no, \q2 akwan bebree deda ne bammɔ mu \q1 woboaa nsu ano \q2 wɔ Ase Abura mu. \q1 \v 10 Wokan adan a ɛwɔ Yerusalem no \q2 na wudwiriw afi de boaa ɔfasu no ahoɔden. \q1 \v 11 Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntam \q2 maa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no, \q1 nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe, \q2 na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no. \b \q1 \v 12 Awurade, Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 frɛɛ wo saa da no \q1 sɛ su na twa adwo, \q2 sɛ yi wo tinwi na fura atweaatam. \q1 \v 13 Nanso hwɛ, anigye ne ahosɛpɛw wɔ hɔ; \q2 wokunkum anantwi ne nguan; \q2 wɔwe nam na wɔbow nsa! \q1 Wɔka se, “Momma yennidi na yɛnnom, \q2 efisɛ, ɔkyena yebewu!” \p \v 14 Awurade, Asafo \nd Awurade\nd* ayi me asotiw se, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kosi wo wuda,” sɛnea Awurade, Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 15 Sɛɛ na Awurade, Asafo \nd Awurade\nd* se, \q1 “Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfo yi, \q2 Sebna a, ɔhwɛ ahemfi no so se, \q1 \v 16 Dɛn na woreyɛ wɔ ha na hena na ɔmaa wo kwan \q2 sɛ bɔ wo da wɔ ha, \q1 worebɔ wo da wɔ baabi a ɛkorɔn \q2 na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu? \b \q1 \v 17 “Hwɛ yiye, na \nd Awurade\nd* rebeso wo mu den \q2 atow wo akyene, wo ɔhoɔdenfo. \q1 \v 18 Ɔbɛbobɔw wo, ama woayɛ kurukuruwa, \q1 na watow wo akyene ɔman kɛse bi so \q2 hɔ na wubewu \q1 na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ, \q2 wo a woyɛ ahohora ma wo wura fi! \q1 \v 19 Megye wʼadwuma afi wo nsa mu \q2 na wɔayi wo afi wo dibea so. \p \v 20 “Saa da no, mɛfrɛ me somfo Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima. \v 21 Mede wʼatade yuu bɛhyɛ no na mede wʼabɔso abebare nʼasen mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda fi. \v 22 Mede Dawid fi safe bɛma no; nea obebue no obiara rentumi nto mu; na nea ɔbɛto mu nso a obiara rentumi mmue. \v 23 Mɛbɔ ne so sɛ pɛe ama watim, ɔbɛyɛ anuonyam agua ama nʼagya fi. \v 24 Nʼabusua anuonyam nyinaa begyina ne so: nʼasefo ne ne nenanom, ne nkuku ne nkaka, fi nsanka, mprɛte so kosi nhina nyinaa so. \p \v 25 “Saa da no,” sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni, “pɛe a wɔabɔ so ama atim no, betu ahwe fam na nʼadesoa no nso asɛe, \nd Awurade\nd*, akasa!” \c 23 \s1 Nkɔmhyɛ A Ɛfa Tiro Ho \p \v 1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho: \q1 Tarsis ahyɛn, muntwa adwo! \q2 Efisɛ wɔasɛe Tiro \q2 na wɔannyaw no ofi anaa hyɛngyinabea. \q1 Wufi Kipro asase so \q2 abɛka asɛm akyerɛ wɔn. \b \q1 \v 2 Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔw no so \q2 ne mo Sidon aguadifo a \q2 po so adwumayɛfo ama mo ayɛ adefo. \q1 \v 3 Nsu akɛse no so \q2 na aduan fi Sihor nam bae; \q1 Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto, \q2 na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea. \b \q1 \v 4 Animguase nka wo, Sidon, ne wo, po so abandennen, \q2 efisɛ po akasa se, \q1 “Menkyemee da, na menwoo da; \q2 mentetew mmabarima anaa mmabea da.” \q1 \v 5 Sɛ asɛm no du Misraim a, \q2 wobedi yaw wɔ nkra a efi Tiro no ho. \b \q1 \v 6 Muntwa nkɔ Tarsis; \q2 muntwa adwo, mo a mowɔ supɔw no so. \q1 \v 7 Eyi ne mo ahosɛpɛw kuropɔn no, \q2 teteete kuropɔn no, \q1 nea wɔatu akɔtena \q2 akyirikyiri nsase so no ana? \q1 \v 8 Hena na ɔbɔɔ atirimpɔw yi de tiaa Tiro, \q2 nea ɔkyekyɛ ahenkyɛw, \q1 nea nʼaguadifo yɛ ahenemma, \q2 na nʼadetɔnfo agye din wɔ asase so? \q1 \v 9 Asafo \nd Awurade\nd* na ɔbɔɔ ne tirimpɔw se, \q2 ɔbɛbrɛ anuonyam mu ahomaso ase \q2 na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase. \b \q1 \v 10 Yɛ wʼasase so adwuma te sɛnea wɔyɛ wɔ Nil ho no \q2 Tarsis Babea, \q2 efisɛ wunni hyɛngyinabea bio. \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* ama ne nsa so wɔ po no so \q2 ama ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ no repopo. \q1 Wahyɛ Kanaan ho mmara se, \q2 wɔnsɛe nʼaban. \q1 \v 12 Ɔkae se, “Wʼahurisidi no nso ha ara, \q2 Sidon Babea Ɔbabun a wɔadwerɛw wo! \b \q1 “Sɔre, twa kɔ Kipro; \q2 hɔ mpo worennya ahotɔ.” \q1 \v 13 Monhwɛ Babiloniafo asase no \q2 saa nnipa a mprempren wɔnka hwee no! \q1 Asiriafo ayɛ no \q2 baabi a nweatam so mmoa te; \q1 wosisii wɔn anotua aban bebree, \q2 wodwiriw nʼaban gui \q2 ma ɛdan nnwiriwii. \b \q1 \v 14 Muntwa adwo, Tarsis ahyɛn; \q2 wɔasɛe wʼaban! \p \v 15 Saa bere no wɔrenkae Tiro mfe aduɔson a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfe aduɔson akyi no, nea ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛnea ɛwɔ oguamanfo no dwom mu no: \q1 \v 16 “Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu, \q2 oguamanfo a wɔnnkae wo; \q1 bɔ sankuten no yiye, to nnwom bebree, \q2 sɛnea wɔbɛkae wo.” \p \v 17 Mfe aduɔson akyi, \nd Awurade\nd* ne Tiro bedi. Ɔbɛsan akodi ne paa sɛ oguamanfo na ɔne ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa adi gua. \v 18 Nanso nea obenya ne ne mfaso nyinaa wɔde bɛto hɔ ama \nd Awurade\nd*; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfaso no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ \nd Awurade\nd* anim no nkyɛn, na wɔanya aduan bebree ne ntade pa. \c 24 \s1 Asase Sɛe A Efi \nd Awurade\nd* \q1 \v 1 Hwɛ, \nd Awurade\nd* rebɛma asase ada mpan \q2 na wasɛe no; \q1 ɔbɛsɛe asase ani \q2 na wabɔ sotefo ahwete, \q1 \v 2 ɛbɛyɛ saa ara \q2 ama ɔsɔfo sɛnea ɛbɛyɛ ama nnipa, \q2 ama owura sɛnea ɛbɛyɛ ama asomfo, \q2 ama awuraa sɛnea ɛbɛyɛ ama afenaa, \q2 ama nea ɔtɔn sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔtɔ, \q2 ama nea ogye bosea sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔma bosea, \q2 ama ɔkafo sɛnea ɛbɛyɛ ama nea ɔde ma. \q1 \v 3 Asase bɛda mpan koraa, \q2 na wɔafom so nneɛma. \q2 \nd Awurade\nd*, na waka saa asɛm yi. \b \q1 \v 4 Asase so yɛ wosee, na ekisa \q2 wiase kɔ ahoyeraw mu, na ekisa, \q2 nea wɔama no so wɔ asase so ho yeraw no. \q1 \v 5 Asase so nnipa agu ne ho fi; \q2 wɔanni mmara no so, \q1 wɔabu ahyɛde no so \q2 na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no. \q1 \v 6 Enti nnome amene asase no \q2 ɛsɛ sɛ so nnipa nya wɔn afɔdi so akatua \q1 ne saa nti wɔahyew asase no so nnipa, \q2 na kakraa bi pɛ na wɔaka. \q1 \v 7 Nsa foforo no ho yow na bobe no guan; \q2 wɔn a wogye wɔn ani no si apini. \q1 \v 8 Akasaebɔ mu anigye no agyae, \q2 ahosɛpɛwfo no nteɛteɛmu no agyae. \q2 Sankuten so nnwom dɛdɛ no ayɛ dinn. \q1 \v 9 Wɔnnto dwom mfa nnom nsa bio; \q2 mmorɔsa ayɛ nwen ama anomfo. \q1 \v 10 Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan; \q2 wɔatoto ofi biara apon mu. \q1 \v 11 Wɔpere nsa wɔ mmɔnten so; \q2 ahosɛpɛw nyinaa adan bosooyɛ, \q2 anigye nyinaa atu ayera wɔ asase no so. \q1 \v 12 Kuropɔn no asɛe, \q2 wɔabubu nʼapon mu nketenkete. \q1 \v 13 Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so \q2 ne amanaman no mu, \q1 sɛnea wɔboro ngodua a ɛyɛ no, \q2 anaa sɛnea wogyaw mpɛpɛ wɔ bobe twabere akyi no. \b \q1 \v 14 Wɔma wɔn nne so, wɔde anigye teɛteɛ mu; \q2 efi atɔe fam, wɔkamfo \nd Awurade\nd* kɛseyɛ. \q1 \v 15 Enti apuei fam, monhyɛ \nd Awurade\nd* anuonyam; \q2 momma \nd Awurade\nd* din so, Israel Nyankopɔn no, \q2 wɔ supɔw a ɛwɔ po so no so. \q1 \v 16 Yɛte nnwonto fi asase ano yɛte se, \q2 “Anuonyam nka Ɔtreneeni no.” \b \q1 Nanso mekae se, “Matɔ beraw, mapa abaw! \q2 Minnue! \q1 Ɔfatwafo di huammɔ! \q2 Ɔnam nnaadaa so di huammɔ.” \q1 \v 17 Ehu, amoa ne afiri retwɛn mo, \q2 nnipa a mote asase so. \q1 \v 18 Nea ehu nti oguan no \q2 bɛtɔ amoa mu; \q1 nea ɔforo fi amoa mu no \q2 afiri beyi no. \b \q1 Wɔabue nsu apon wɔ ɔsoro, \q2 na asase nnyinaso wosow. \q1 \v 19 Wɔadwiriw asase no \q2 na emu apaapae, \q2 na asase awosow ankasa. \q1 \v 20 Asase tɔ ntintan te sɛ ɔsabowfo. \q2 Ehinhim biribiri te sɛ ntamadan wɔ mframa ano; \q1 nʼatuatew ho afɔdi ayɛ adesoa ama no \q2 na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio. \b \q1 \v 21 Saa da no, \nd Awurade\nd* bɛtwe \q2 ɔsoro atumfo \q2 ne ahemfo a wɔwɔ asase so aso. \q1 \v 22 Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu \q2 sɛ nneduafo ahyɛ afiase amoa mu; \q1 wɔbɛto wɔn mu wɔ afiase \q2 na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso. \q1 \v 23 Ɔsram anim begu ase na owia ani awu; \q2 na Asafo \nd Awurade\nd* bedi hene \q1 wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem, \q2 ne wɔn mpanyimfo anim, wɔ anuonyam mu. \c 25 \s1 Ayeyi Nka \nd Awurade\nd* \q1 \v 1 \nd Awurade\nd*, wo ne me Nyankopɔn; \q2 mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, \q1 efisɛ wufi nokwaredi mu, \q2 ayɛ anwonwade bebree, \q2 nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete. \q1 \v 2 Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw, \q2 kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe; \q1 ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio; \q2 na wɔrensi bio. \q1 \v 3 Enti aman a wɔyɛ den bedi wo ni \q2 atutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam. \q1 \v 4 Woayɛ ahiafo guankɔbea, \q2 ohiani mmɔborɔni guankɔbea, \q1 ahum ano ahintawee \q2 ɔhyew mu nwini \q1 na atirimɔdenfo home \q2 te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasu \q2 \v 5 ne ɔhyew a ɛwɔ nweatam so. \q1 Wobrɛ ananafo huuyɛ ase; \q2 sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no, \q2 saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae. \q1 \v 6 Asafo \nd Awurade\nd* bɛto pon wɔ saa bepɔw yi so \q1 obesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna; \q2 nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa. \q1 \v 7 Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛe \q2 ntama a ɛkata nnipa nyinaa ho \q1 ne nkataso a ɛkata aman nyinaa so no; \q2 \v 8 Ɔbɛmene owu afebɔɔ. \q1 Asafo \nd Awurade\nd* bɛpepa \q2 ani so nusu nyinaa. \q1 Obeyi ne nkurɔfo ahohora, \q2 afi nsase nyinaa so. \q2 \nd Awurade\nd*, na waka. \p \v 9 Saa da no, wɔbɛka se, \q1 “Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni; \q2 yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn; \q1 \nd Awurade\nd* no ni, yegyee no dii; \q2 momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu.” \b \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* nsa bɛda saa bepɔw yi so; \q2 nanso obetiatia Moab so \q2 te sɛ sare a wotiatia so de fra sumina. \q1 \v 11 Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so, \q2 sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare. \q1 Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso ase \q2 a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho. \q1 \v 12 Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu, \q2 obebubu agu fam \q2 ama ayɛ mfutuma. \c 26 \s1 Ayeyi Dwom \p \v 1 Saa da no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: \q1 Yɛwɔ kuropɔn dennen; \q2 Onyankopɔn de nkwagye \q2 ayɛ nʼafasu ne ne hankare a ɛkorɔn. \q1 \v 2 Mummuebue apon no \q2 na atreneefo man no nhyɛn mu, \q2 ɔman nokwafo no. \q1 \v 3 Wobɛkora no so asomdwoe mu \q2 nea wasi nʼadwene pi, \q2 efisɛ ɔde ne ho to wo so. \q1 \v 4 Fa wo ho to \nd Awurade\nd* so afebɔɔ, \q2 efisɛ, \nd Awurade\nd*, \nd Awurade\nd* yɛ daa Botan. \q1 \v 5 Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase, \q2 na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase; \q1 obubu gu fam pasaa \q2 ma ɛda mfutuma mu. \q1 \v 6 Anammɔn tiatia so, \q2 wɔn a wɔhyɛ wɔn so anammɔn \q2 ahiafo anammɔntu. \b \q1 \v 7 Ɔtreneeni kwan so yɛ tamaa; \q2 wo, Ɔnokwafo, woma ɔtreneeni kwan so yɛ trontrom. \q1 \v 8 Yiw, \nd Awurade\nd*, yɛnam wo mmara kwan so yi, \q2 yɛretwɛn wo; \q1 na wo din ne ne kɛseyɛ \q2 yɛ nea yɛn koma pɛ. \q1 \v 9 Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; \q2 anɔpa nso me honhom ani gyina wo. \q1 Sɛ wʼatemmu ba asase yi so a, \q2 nnipa a wɔwɔ wiase sua treneeyɛ. \q1 \v 10 Ɛwɔ mu sɛ wuyi adom adi kyerɛ amumɔyɛfo de, \q2 nanso wonsua treneeyɛ; \q1 na mpo atreneefo asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne \q2 na wommu \nd Awurade\nd* kɛseyɛ. \q1 \v 11 Ao \nd Awurade\nd*, wɔama wo nsa so kɔ soro, \q2 nanso wonhu. \q1 Ma wonhu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfo ho na ɛnhyɛ wɔn aniwu; \q2 ma ogya a wɔasɔ ama wʼatamfo no nhyew wɔn. \b \q1 \v 12 \nd Awurade\nd*, woama yɛn asomdwoe; \q2 nea yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn, awuranom afoforo bi adi yɛn so, \q2 nanso wo din nko ara na yɛ kamfo. \q1 \v 14 Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; \q2 ahonhom a wɔafi mu no wɔrensɔre. \q1 Wotwee wɔn aso na wosɛee wɔn \q2 wɔama yɛn werɛ afi wɔn. \q1 \v 15 Woama ɔman no ayɛ kɛse, \nd Awurade\nd*; \q2 woama ɔman no ayɛ kɛse; \q1 woahyɛ wo ho anuonyam; \q2 woatrɛtrɛw asase no ahye nyinaa mu. \b \q1 \v 16 \nd Awurade\nd*, wofi ahohia mu baa wo nkyɛn; \q2 bere a wotwee wɔn aso no, \q2 na wontumi mmue wɔn ano mpo mmɔ mpae. \q1 \v 17 Sɛnea ɔpemfo a awo aka no \q2 fi ɔyaw mu bukabukaw ne mu na osu no, \q2 saa ara na yɛyɛe wɔ wʼanim, \nd Awurade\nd*. \q1 \v 18 Yenyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyaw mu \q2 nanso yɛwoo mframa. \q1 Yɛamfa nkwagye amma asase so; \q2 wɔanwo nnipa amma asase so. \b \q1 \v 19 Nanso wʼawufo benya nkwa; \q2 wɔn nipadua bɛsɔre. \q1 Ma wɔn a wɔtete mfutuma mu no, \q2 nsɔre mfa anigye nteɛ mu. \q1 Mo bosu te sɛ anɔpa bosu; \q2 asase beyi nʼafunu apue. \b \q1 \v 20 Monkɔ, me nkurɔfo, monhyɛnhyɛn mo adan mu \q2 na montoto apon no mu; \q1 momfa mo ho nsie bere tiaa bi \q2 kosi sɛ nʼabufuwhyew ano bedwo. \q1 \v 21 Hwɛ, \nd Awurade\nd* refi nʼatenae \q2 abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho. \q1 Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so no adi; \q2 ɔrentumi mfa nʼatɔfo nsie bio. \c 27 \s1 Israel Ogye \p \v 1 Saa da no, \q1 \nd Awurade\nd* de nʼafoa bɛtwe aso, \q2 ɔde nʼafoa a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no, \q1 ɔwɔ Lewiatan a ɔde ahoɔhare tu hoo, \q2 ɔwɔ Lewiatan a ɔbobɔw ne ho; \q1 obekum po mu aboa kɛse a ne ho yɛ hu no. \p \v 2 Saa da no, \q1 “To dwom fa bobeturo a ɛsow no ho se: \q2 \v 3 Me, \nd Awurade\nd*, mehwɛ so; \q2 migugu so nsu bere biara. \q1 Mebɔ ho ban awia ne anadwo \q2 sɛnea obiara rensɛe no. \q2 \v 4 Me bo mfuw ɛ. \q1 Sɛ ɛkaa nware ne nsɔe nko ara na ɛko tia me a \q2 anka me ne wɔn de bɛbɔ ani; \q2 na mahyew wɔn nyinaa. \q1 \v 5 Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmmra me nkyɛn mmehintaw; \q2 ne me mmɛdwene asomdwoe ho \q2 Yiw, asomdwoe ho na mo ne me mmɛdwene.” \b \q1 \v 6 Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase betim, \q2 Israel begu nhwiren na anyin fɛfɛɛfɛ \q1 na ɔde ne nnuaba ahyɛ wiase nyinaa ma. \b \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* abɔ Israel \q2 sɛnea ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no ana? \q1 \nd Awurade\nd* akum Israel \q2 sɛnea okum wɔn a wokum Israel no ana? \q1 \v 8 Wode ɔko ne asutwa twe nʼaso, \q2 wode mframa a ano yɛ den pam no \q2 te sɛ da a apuei mframa bɔ no. \q1 \v 9 Eyi na ɛbɛyɛ mpata ama Yakob afɔdi, \q2 eyi na ɛbɛyɛ ne bɔne asetu so aba a edi mu: \q1 bere a ɔyɛ afɔremuka so abo \q2 sɛ hyirew a wɔabubu mu nketenkete, \q1 na Asera nnua \q2 ne nnuhuam afɔremuka nsisi hɔ bio no. \q1 \v 10 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan \q2 wɔagyaw atenae a wɔafi so no te sɛ nweatam \q1 hɔ na nantwimma didi, \q2 hɔ na wɔdeda; \q2 wɔwe so nnua no mman ma ho yɛ kokwakokwa. \q1 \v 11 Sɛ nnubaa no wo a, wobubu \q2 na mmea bɛfa de kɔsɔ ogya. \q1 Na saa nnipa yi nni ntease \q2 enti wɔn yɛfo nhu wɔn mmɔbɔ, \q2 na wonnya adom mfi nea ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn. \p \v 12 Saa da no, \nd Awurade\nd* bɛporow afi asuten Eufrate akosi Misraim Bon Wosee mu, na mo, Israelfo de, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano. \v 13 Saa da no, wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Misraim bɛba abɛsom \nd Awurade\nd* wɔ Yerusalem bepɔw kronkron no so. \c 28 \s1 Efraim Ne Yuda Akannifo Nnue \q1 \v 1 Nnome nka nhwiren abotiri a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no \q2 nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam, \q1 a ɛda asasebere bon so. \q2 Nnome nka kuropɔn no, nea nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no. \q1 \v 2 Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden. \q2 Ɔte sɛ mparuwbo ne mframa a ɛsɛe ade \q1 ɔte sɛ osu a ɛne mframa nam, ne osuhweam a ɛhyɛ suka ma \q2 ɔbɛtow no ahwe fam ahoɔden so. \q1 \v 3 Saa nhwiren abotiri no a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no, \q2 wobetiatia so. \q1 \v 4 Saa nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam, \q2 a ɛda asasebere bon so no, \q1 bɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwabere adu, \q2 sɛ obi hu na ɔte a \q2 odi no ntɛm so. \b \q1 \v 5 Saa da no Asafo \nd Awurade\nd* \q2 bɛyɛ Anuonyam ahenkyɛw, \q1 nhwiren abotiri fɛfɛ \q2 ama ne nkurɔfo nkae no. \q1 \v 6 Ɔbɛyɛ atɛntrenee honhom \q2 ama otemmufo a ɔte agua mu. \q1 Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae \q2 ama wɔn a wɔpam atamfo wɔ nkurow apon ano. \b \q1 \v 7 Na eyinom nso nsa ma wɔtɔ ntintan \q2 na bobesa ma wohinhim; \q1 bobesa ma asɔfo ne adiyifo tɔ ntintan \q2 na nsa ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ; \q1 na wohinhim \q2 wɔtɔ ntintan bere a wɔrenya anisoadehu, \q2 na wɔn ano fomfom wɔ adwenkyerɛ mu. \q1 \v 8 Ɔfe agugu apon nyinaa so, \q2 na baabiara ayɛ fi. \b \q1 \v 9 “Hena na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ no? \q2 Na hena nso na ɔrekyerɛ nʼasɛm ase akyerɛ no? \q1 Mmofra a wɔatwa wɔn nufu, \q2 wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe no ana? \q1 \v 10 Na ɛyɛ: \q2 Yɛ eyi, anaa eyi \q1 mmara foforo akyi mmara; \q2 ɛha kakra, ɛhɔ kakra.” \b \q1 \v 11 Eye, na afei ananafo ano ne kasa foforo \q2 na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfo yi, \q1 \v 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, \q2 “Ha ne ahomegyebea no, momma abrɛfo no nhome; \q1 ahodwobea nso ni,” \q2 nanso wɔantie no. \q1 \v 13 Enti afei wɔbɛfa \nd Awurade\nd* asɛm a ɔde ma wɔn no sɛ: \q2 Yɛ eyi anaa eyi, \q2 mmara foforo akyi mmara; \q1 ha kakra, hɔ kakra, \q2 sɛnea wɔrekɔ no ɛbɛma wɔapini wɔn akyi; \q2 wobepirapira, na wɔatɔ afiri mu, na wɔakyere wɔn. \b \q1 \v 14 Ɛno nti, muntie \nd Awurade\nd* asɛm, mo fɛwdifo \q2 a mudi saa nkurɔfo yi so wɔ Yerusalem. \q1 \v 15 Mohoahoa mo ho se, “Yɛne owu ayɛ apam, \q2 yɛne ɔda ayɛ nhyehyɛe \q1 sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, \q2 ɛrentumi nka yɛn, \q1 efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea \q2 ne nnaadaa ayɛ yɛn hintabea.” \p \v 16 Enti nea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni, \q1 “Hwɛ! Mede ɔbo bi retim Sion, \q2 ɔbo a wɔasɔ ahwɛ, \q1 tweatibo a ɛsom bo ama fapem a ɛyɛ den; \q2 nea ɔde ne ho to so no remmɔ hu. \q1 \v 17 Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama \q2 na treneeyɛ ayɛ ɔfasu kirebennyɛ susuhama \q1 mparuwbo bɛsɛe wo guankɔbea a ɛyɛ atoro no, \q2 na nsu abɛkata wo hintabea hɔ. \q1 \v 18 Wobetwa apam a wo ne owu ayɛ no mu; \q2 nhyehyɛe a wo ne ɔda ayɛ no nso rennyina \q1 sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a, \q2 ebetwiw afa mo so. \q1 \v 19 Mpɛn dodow biara a ɛbɛba no ɛbɛsoa mo akɔ; \q2 anɔpa, awia ne anadwo biara, \q2 ɛbɛfa mu akɔ.” \b \q1 Saa nkra yi ntease \q2 de ehu bɛba. \q1 \v 20 Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔteɛ wɔn mu wɔ so, \q2 kuntu no yɛ hiahiaa sɛ ɛbɛso wɔn ho kata. \q1 \v 21 \nd Awurade\nd* bɛsɔre sɛnea ɔsɔree wɔ Perasim bepɔw so no, \q2 ɔbɛkanyan ne ho sɛnea ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bon mu, \q1 yɛɛ nʼadwuma, nʼadwuma nwonwaso no \q2 dii ne dwuma, dwumadi a bi mmaa da. \q1 \v 22 Afei gyae wo fɛwdi no, \q2 anyɛ saa a wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru; \q1 Awurade, Asafo \nd Awurade\nd* aka akyerɛ me \q2 ɔsɛe ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa. \b \q1 \v 23 Muntie na monte me nne; \q2 monwɛn mo aso na muntie nea meka. \q1 \v 24 Sɛ okuafo funtum asase sɛ ɔrebedua so a, ɔyɛ no daa ana? \q2 Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no ana? \q1 \v 25 Sɛ osiesie asase no ani a, \q2 onnua ɛme, na ɔmpete ntɛtɛ wɔ so ana? \q1 Onnua awi ne atoko mu biara wɔ nʼafa ana? \q1 \v 26 Ne Nyankopɔn ma no akwankyerɛ \q2 na ɔkyerɛ no ɔkwan pa. \b \q1 \v 27 Wɔmfa asae mpo ɛme ho, \q2 wɔmfa teaseɛnam hankare mfa ntɛtɛ so; \q1 wɔde pema na ɛboro ɛme, \q2 na wɔde abaa aboro ntɛtɛ. \q1 \v 28 Wɔyam aburow de to brodo \q2 nti obi nkɔ so nyam a onnwie da. \q1 Ɛwɔ mu, ɔde nʼawiporowee teaseɛnam hankare fa so de, \q2 nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam. \q1 \v 29 Eyinom nyinaa fi Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 afotu mu nwonwani, \q1 na ne nyansa boro so. \c 29 \s1 Nnome Nka Dawid Kuropɔn \q1 \v 1 Due wo Ariel, \q2 Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu! \q1 Fa afe ka afe ho \q2 na ma wo mfirihyia mu afahyɛ ahorow no nkɔ so. \q1 \v 2 Nanso metua Ariel ano; \q2 obedi awerɛhow na wato kwadwom, \q2 ɔbɛyɛ sɛ afɔremuka so gya. \q1 \v 3 Mede dɔm betwa wo ho ahyia; \q2 mesisi abantenten atwa wo ho ahyia \q2 na madi ntuano dwuma atia wo. \q1 \v 4 Wɔasie wo no, wobɛkasa afi asase mu; \q2 wo kasa a mu ntew no befi mfutuma mu aba. \q1 Wo nne befi asase no mu aba te sɛ ɔsaman de; \q2 wo kasa befi mfutuma mu aka asomsɛm. \b \q1 \v 5 Nanso wʼatamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma muhumuhu, \q2 na atirimɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ. \q1 Ɛbɛba prɛko pɛ, amono mu hɔ ara. \q2 \v 6 Asafo \nd Awurade\nd* bɛba. \q1 Ɔde aprannaa ne asasewosow ne huuyɛ kɛse, \q2 mframahweam ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade bɛba. \q1 \v 7 Afei amanaman bebrebe a wotu Ariel so sa nyinaa, \q2 wɔn a wɔtow hyɛ ɔne nʼaban so na wotua nʼano no, \q1 ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeso, \q2 anaa anadwo mu anisoadehu. \q1 \v 8 Sɛnea obi a ɔkɔm de no so dae sɛ ɔredidi, \q2 na sɛ onyan a ɔte sɛ ɔkɔm de no no; \q1 sɛnea obi a osukɔm de no so dae sɛ ɔrenom nsu, \q2 nanso onyan a na watɔ beraw, na osukɔm de no ara no. \q1 Saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodow a \q2 wɔko tia Bepɔw Sion no. \b \q1 \v 9 Mo ho nnwiriw mo na ɛnyɛ mo nwonwa, \q2 mo ani mfura a munhu ade; \q1 mommobow a emfi nsa, \q2 montotɔ ntintan a emfi bobesa. \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* de nnahɔɔ ato mo so: \q2 Wakata mo ani (adiyifo no); \q2 wakata mo ti so (adehufo no). \p \v 11 Mo de, saa anisoadehu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔw ano wɔ nhoma mmobɔwee mu. Sɛ mode nhoma mmobɔwee no ma obi a, otumi kenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Merentumi, efisɛ wɔasɔw ano.” \v 12 Sɛ nso, mode nhoma mmobɔwee no ma nea onnim akenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Minnim akenkan.” \p \v 13 Awurade ka se, \q2 “Saa nnipa yi de anohunu twiw bɛn me \q1 na wɔde wɔn anofafa hyɛ me anuonyam, \q2 nanso wɔn koma mmɛn me. \q1 Som a wɔsom me no \q2 yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara. \q1 \v 14 Enti mɛma nnipa yi ho adwiriw wɔn bio \q2 mede anwonwade ntoatoaso bɛyɛ; \q1 mɛsɛe anyansafo nyansa, \q2 na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.” \q1 \v 15 Wonnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ \q2 wɔde wɔn atirimpɔw behintaw \nd Awurade\nd*, \q1 wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wosusuw sɛ, \q2 “Hena na ohu yɛn? Hena na ɔbɛte ase?” \q1 \v 16 Musisi nneɛma ti ase, \q2 sɛnea modwene sɛ ɔnwemfo te sɛ dɔte no! \q1 Nea wayɛ betumi aka akyerɛ nea ɔyɛe no se, \q2 “Ɛnyɛ wo na woyɛɛ me ana”? \q1 Kuku betumi aka afa ɔnwemfo ho se \q2 “Onnim hwee ana”? \b \q1 \v 17 Ɛrenkyɛ koraa, wɔrennan Lebanon nyɛ no asasebere \q2 na asasebere no nso nyɛ sɛ kwae ana? \q1 \v 18 Saa da no, ɔsotifo bɛte nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu \q2 na kusuuyɛ ne esum mu mpo \q2 onifuraefo ani behu ade. \q1 \v 19 Ahobrɛasefo bedi ahurusi wɔ \nd Awurade\nd* mu bio; \q2 ahiafo ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu. \q1 \v 20 Atutuwpɛfo bɛyera, \q2 wɔrenhu fɛwdifo bio, \q2 na wɔn a wodwen bɔne nyinaa, wobetwa wɔn agu, \q1 \v 21 wɔn a wɔka asɛm baako ma obi di fɔ, \q2 wɔn a wosum nea ɔreyi ne ho ano afiri wɔ asennii \q2 na wodi adansekurum ma wobu nea odi bem no fɔ no nso wobetwa wɔn agu. \p \v 22 Enti sɛɛ na \nd Awurade\nd* a ogyee Abraham nkwa no \q2 ka kyerɛ Yakob fifo: \q1 “Yakob anim rengu ase bio; \q2 wɔn anim rehoa bio. \q1 \v 23 Sɛ wohu wɔn mma wɔ wɔn mu, \q2 wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a \q1 wɔbɛyɛ me din no kronkron; \q2 wobegye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu, \q2 na wɔde fɛre agyina Israel Nyankopɔn no anim. \q1 \v 24 Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu benya ntease; \q2 wɔn a wonwiinwii nso begye nkyerɛkyerɛ ato mu.” \c 30 \s1 Munnue, Ɔman Asoɔdenfo \q1 \v 1 “Munnue mmofra asoɔdenfo,” \q2 sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q1 “Wɔn a wɔde nhyehyɛe a emfi me yɛ adwuma, \q2 na wɔyɛ apam a emfi me honhom mu, \q2 na wɔboaboa bɔne ano; \q1 \v 2 wɔn a wɔkɔ Misraim \q2 a wommisa me ansa; \q1 wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ bammɔ fi Farao nkyɛn, \q2 wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ hintabea. \q1 \v 3 Nanso Farao bammɔ bɛyɛ animguase ama mo, \q2 Misraim nwini de ahohora bɛbrɛ mo. \q1 \v 4 Ɛwɔ mu, wɔwɔ adwumayɛfo wɔ Soan \q2 na wɔn ananmusifo adu Hanes de, \q1 \v 5 nanso wɔn nyinaa anim begu ase \q2 nnipa bi a wɔn so nni wɔn mfaso nti, \q1 wɔmmfa mmoa anaa mfaso mma, \q2 na mmom animguase ne ahohora.” \p \v 6 Adehunu a ɛfa Negeb mmoa ho: \q1 wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so, \q2 nea gyata ne gyatabere, \q2 nhurutoa ne awɔ a wɔn ho yɛ hare wɔ, \q1 ananmusifo no de wɔn ahonyade soa mfurum \q2 ne wɔn ademude wɔ yoma afu so, \q1 de kɔ saa ɔman a ne so nni mfaso no so, \q2 \v 7 de kɔ Misraim a ne mmoa so nni mfaso, \q1 enti mefrɛ no \q2 Rahab nea Onsi Hwee. \b \q1 \v 8 Kɔ afei, kyerɛw wɔ kyerɛwpon so ma wɔn, \q2 kurukyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so \q1 sɛnea nna a ɛreba no mu no \q2 ɛbɛyɛ adansede a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. \q1 \v 9 Saa nnipa yi yɛ atuatewfo, mma asisifo, \q2 mma a wɔmpɛ sɛ wotie \nd Awurade\nd* nkyerɛkyerɛ. \q1 \v 10 Wɔka kyerɛ adehufo se, \q2 “Munhu mo ani so ade bio!” \q1 ne adiyifo no nso se, \q2 “Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware no nkyerɛ yɛn bio! \q1 Monka abodwosɛm nkyerɛ yɛn, \q2 monhyɛ nnaadaa nkɔm. \q1 \v 11 Mumfi saa ɔtempɔn yi so, \q2 momman mfi saa ɔkwan yi ho \q1 na munnyae Israel Kronkronni \q2 a mode no haw yɛn yi!” \p \v 12 Enti sɛɛ na Israel Ɔkronkronni no se: \q1 “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, \q2 na mode mo ho ato nhyɛso \q2 ne nnaadaa so nti, \q1 \v 13 saa bɔne yi bɛyɛ sɛ \q2 ɔfasu tenten bi a ahyɛ kam na akyea \q2 na ebu mpofirim, ama mo. \q1 \v 14 Ebebubu nketenkete ayɛ sɛ kuku. \q2 Ɛbɛyam pasaa a, \q1 sin koraa renka a \q2 wobetumi de asɔ gya afi muka mu \q2 anaa wɔde bɛsaw nsu afi ahina mu.” \p \v 15 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd*, Israel Kronkronni no se: \q1 “Ahonu mu ne ntoboase mu na mo nkwagye wɔ \q2 kommyɛ ne ahotoso mu na mo ahoɔden wɔ, \q2 nanso, morennya mu biara. \q1 \v 16 Mokaa se, ‘Dabi da, yɛbɛtena apɔnkɔ so aguan.’ \q2 Enti mubeguan! \q1 Mokaa se, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so akɔ.’ \q2 Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ hare! \q1 \v 17 Apem beguan \q2 ɔbaako ho hu nti; \q1 baanum ho hu nti \q2 mo nyinaa beguan akɔ, \q1 akosi sɛ wobegyaw mo \q2 te sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi, \q2 te sɛ frankaa a esi koko so.” \b \q1 \v 18 Nanso \nd Awurade\nd* pɛ sɛ ɔdom mo; \q2 ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ. \q1 Efisɛ \nd Awurade\nd* yɛ ɔtreneeni Nyankopɔn. \q2 Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa! \p \v 19 Sionfo a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ musu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a obegye mo so prɛko pɛ. \v 20 Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduan ne ɔhaw sɛ nsu de, nanso, afei mubehu \nd Awurade\nd*, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. \v 21 Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte nne bi wɔ mo akyi a ɛka se, “Ɔkwan no ni na momfa so.” \v 22 Afei mobɛtow mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsode a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow fi, na moaka kyerɛ wɔn se, “Mumfi yɛn so nkɔ.” \p \v 23 Afei ɔde osu behyira mo bere a mudua nnuaba, na aduan a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Da no, mo anantwi bedidi wɔ adidibea a ɛtrɛw so. \v 24 Mo anantwi ne mo mfurum a wofuntum asase no bɛwe atoko pa ne ne ntɛtɛ a, wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛw mu. \v 25 Saa okum kɛse da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛteɛ wɔ bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so. \v 26 Ɔsram bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mpɛn ason, te sɛ nnafua ason mu hyerɛn, bere a \nd Awurade\nd* kyekyere ne nkurɔfo akuru na ɔsa apirakuru a ɔde ama wɔn no. \q1 \v 27 Hwɛ! \nd Awurade\nd* fi akyirikyiri reba, \q2 ɔde abufuwhyew ne wusiw kumɔnn; \q1 abufuw ahyɛ nʼanom ma, \q2 na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhyew nneɛma. \q1 \v 28 Ne home te sɛ asuworoe a ɛsen ntɛmntɛm, \q2 na ɛforo kɔdeda kɔn mu. \q1 Ɔwosow aman no wɔ ɔsɛe sɔnee so; \q2 ɔde nnareka a ɛma wɔfom kwan \q2 hyehyɛ nnipa no nnyepi. \q1 \v 29 Na mobɛto dwom \q2 te sɛ anadwo a mudi afahyɛ kronkron no; \q1 mo koma bedi ahurusi \q2 te sɛ bere a nnipa de atɛntɛbɛn foro \q1 kɔ \nd Awurade\nd* bepɔw no so, \q2 kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn. \q1 \v 30 \nd Awurade\nd* bɛma nnipa ate nʼabrɛmpɔnnne \q2 na ɔbɛma wɔahu ne basa a ɛresian \q1 na ɛde abufuwhyew ne ogya a ɛhyew nneɛma \q2 osu dennen, aprannaa ne mparuwbo reba. \q1 \v 31 \nd Awurade\nd* nne bɛhwe Asiria; \q2 ɔde nʼabaa bɛbɔ wɔn ahwe fam. \q1 \v 32 Ɔbɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu, \q2 na bere biara a ɔbɛbɔ wɔn no \q2 ɛbɛyɛ sɛ akasae ne sankuten so nnwonto koro. \q1 \v 33 Wɔasiesie Topet dedaada; \q2 wɔayɛ no krado ama ɔhene no. \q1 Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree \q2 wɔ ne gya amoa no a emu dɔ na ɛtrɛw no mu; \q1 \nd Awurade\nd* home \q2 te sɛ sufre asuten no \q2 bɛsɔ mu gya. \c 31 \s1 Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue \q1 \v 1 Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa, \q2 wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so, \q1 wɔn a wogye wɔn nteaseɛnam dodow \q2 ne wɔn apɔnkɔsotefo ahoɔden mmoroso no di, \q1 na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no, \q2 anaasɛ wɔmpɛ mmoa mfi \nd Awurade\nd* hɔ. \q1 \v 2 Nanso \nd Awurade\nd* yɛ onyansafo a obetumi de ɔhaw aba; \q2 ɔnsesa nʼano. \q1 Ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo fi, \q2 ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfo. \q1 \v 3 Na Misraimfo yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn. \q2 Wɔn apɔnkɔ yɛ ɔhonam na wɔnyɛ honhom. \q1 Sɛ \nd Awurade\nd* teɛ ne nsa a, \q2 ɔboafo bɛwatiri \q2 na nea wɔboa no no bɛhwe ase; \q2 wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe. \p \v 4 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* ka kyerɛ me: \q2 “Sɛnea gyata woro so, \q1 sɛnea gyata kokroo woro so gu ne hanam so no \q2 a mpo sɛ wɔfrɛ nguanhwɛfo dɔm kɔ no so a, \q1 wɔn nteɛteɛmu mmɔ no hu \q2 na wɔn huuyɛ nso nhaw no no, \q1 saa ara na Asafo \nd Awurade\nd* besian \q2 abɛko wɔ Sion Bepɔw ne ne sorɔnsorɔmmea so. \q1 \v 5 Sɛnea nnomaa tu gyina faako wɔ wim no \q2 saa ara na Asafo \nd Awurade\nd* bɛbɔ Yerusalem ho ban; \q1 ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no, \q2 obegyaa no na wagye no asi hɔ.” \p \v 6 Monsan nkɔ nea moayɛ dɔm atia no no nkyɛn, Israelfo. \v 7 Da no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi ayɛ no. \q1 \v 8 “Asiria bɛhwe ase wɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano; \q2 afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe wɔn. \q1 Wobeguan afi afoa no ano \q2 na wɔbɛma wɔn mmerante ayɛ ɔhyɛ adwuma. \q1 \v 9 Wɔn abandennen bebubu, ehu nti; \q2 wohu akofo frankaa a, wɔn asraafo mpanyimfo bɛbɔ huboa,” \q1 sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 nea ne gya wɔ Sion, \q2 na ne fononoo si Yerusalem no. \c 32 \s1 Trenee Ahenni \q1 \v 1 Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu \q2 na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so. \q1 \v 2 Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea \q2 ne ahum mu guankɔbea, \q1 ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so \q2 ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so. \b \q1 \v 3 Wɔn a wohu no ani renkata bio, \q2 na wɔn a wɔte asɛm no aso betie. \q1 \v 4 Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase, \q2 wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ. \q1 \v 5 Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio \q2 na wɔremfa nidi mma apapahwekwa. \q1 \v 6 Ɔkwasea ka nkwaseasɛm \q2 na osusuw bɔne ho: \q1 ɔyɛ anyame apɛde \q2 ɔka \nd Awurade\nd* ho nsɛm a enye; \q1 ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan \q2 ɔde nsu kame nea osukɔm de no. \q1 \v 7 Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ, \q2 ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe \q1 de atoro sɛe ohiani, \q2 wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo. \q1 \v 8 Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyam \q2 na nneyɛe pa no nti ɔda nsow. \s1 Yerusalem Mmabaa \q1 \v 9 Mo mmea a mugye mo ho di, \q2 monsɔre na muntie me; \q1 mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔ \q2 monyɛ aso mma nea mewɔ ka! \q1 \v 10 Afe akyi nna kakra bi no \q2 mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo; \q1 bobe twabere no bedi mo huammɔ, \q2 nnuaba no twabere nso remma. \q1 \v 11 Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di \q2 mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ! \q1 Mompa mo ho ntama \q2 na momfa atweaatam mmɔ mo asen. \q1 \v 12 Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ \q2 ne bobe a ɛso no nti, \q1 \v 13 ne me nkurɔfo asase, \q2 asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa. \q1 Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mu \q2 ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi. \q1 \v 14 Wobegyaw aban no hɔ, \q2 na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; \q1 abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ, \q2 nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea, \q1 \v 15 kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so, \q2 na nweatam bɛdan asasebere \q2 na asasebere ayɛ sɛ kwae. \q1 \v 16 Trenee bɛtena nweatam so \q2 na adetreneeyɛ atena asasebere so. \q1 \v 17 Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba; \q2 nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei. \q1 \v 18 Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔ \q2 afi a wɔabɔ ho ban \q2 homebea a ɔhaw biara nni hɔ. \q1 \v 19 Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae no \q2 na kuropɔn no sɛe koraa a, \q1 \v 20 wobehyira wo, \q2 wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho, \q2 na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara. \c 33 \s1 Ahohia Ne Mmoa \q1 \v 1 Due, ɔdesɛefo, \q2 wo a wɔnsɛee wo! \q1 Due, ɔfatwafo, \q2 wo a wonnii wo huammɔ! \q1 sɛ wugyae adesɛe a, \q2 wɔbɛsɛe wo; \q1 sɛ wuwie huammɔdi a, \q2 wobedi wo huammɔ. \b \q1 \v 2 Ao \nd Awurade\nd*, hu yɛn mmɔbɔ; \q2 yɛn ani da wo so. \q1 Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara, \q2 ne yɛn nkwagye wɔ ahohia mu. \q1 \v 3 Aman no te wo nne mmubomu a, woguan; \q2 sɛ woma wo ho so a amanaman no bɔ ahwete. \q1 \v 4 Wɔtase mo asade, Ao amanaman, sɛnea mmoadabimma yɛ; \q2 nnipa tow hyɛ so te sɛ mmoadabi dɔm. \b \q1 \v 5 Wɔama \nd Awurade\nd* so, na ɔte ɔsorosoro; \q2 ɔde trenee ne adetreneeyɛ bɛhyɛ Sion ma. \q1 \v 6 Ɔbɛyɛ fapem a atim yiye wɔ mo mmere so, \q2 nkwagye, nyansa ne nhumu mmoroso akorae; \q2 \nd Awurade\nd* suro ne ademude yi akorae ano safe. \b \q1 \v 7 Monhwɛ, wɔn mmarima akokodurufo su teɛteɛɛ mu wɔ mmɔnten so; \q2 asomdwoe ho abɔfo su yayaayaw. \q1 \v 8 Atempɔn no so da hɔ kwa, \q2 akwantufo biara nni akwan no so. \q1 Wɔabu apam no so, \q2 wobu nʼadansefo animtiaa \q2 wommu obiara. \q1 \v 9 Asase no wo kesee na ɛsɛe, \q2 Lebanon agyigya na nʼanim agu ase; \q1 Saron ayɛ sɛ Araba, \q2 Basan ne Karmel porow wɔn nhaban. \b \q1 \v 10 “Afei na mɛsɔre,” sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. \q2 “Afei na wɔbɛpagyaw me ɛ; \q2 afei na wɔbɛma me so. \q1 \v 11 Munyinsɛn ntɛtɛ, \q2 na mowo sare; \q2 mo home yɛ ogya a ɛhyew mo. \q1 \v 12 Wɔbɛhyew aman no ama wɔatɔ nso; \q2 wɔbɛto wɔn mu gya te sɛ nsɔe a wɔatwa.” \b \q1 \v 13 Mo a mowɔ akyirikyiri no, muntie nea mayɛ; \q2 mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ! \q1 \v 14 Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ Sion abɔ huboa; \q2 ahopopo aka wɔn a wonnim Onyame: \q1 “Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛhyew ade atena? \q2 Yɛn mu hena na obetumi ne daa ogyatannaa atena?” \q1 \v 15 Nea ɔnantew trenee mu \q2 na odi nokware \q1 nea ɔpo mfaso a asisi de ba \q2 na onnye adanmude, \q1 nea ontie awudi ho pɔwbɔ \q2 nea ɔmpɛ sɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu, \q1 \v 16 saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ, \q2 ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no. \q1 Wɔde nʼaduan bɛma no \q2 na ne nsu remmɔ no. \b \q1 \v 17 Mo ani behu ɔhene no wɔ nʼanuonyam mu \q2 na ahwɛ asase a ɛtrɛw kɔ akyirikyiri no. \q1 \v 18 Mo adwennwen mu, mobɛbooboo nea na ohunahuna mo no ho: \q2 “Odwumayɛni panyin no wɔ he? \q1 Nea na ogyigye tow no wɔ he? \q2 Nea na ɔhwɛ abantenten so no wɔ he?” \q1 \v 19 Morenhu saa ahantanfo no bio, \q2 wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, \q2 na monte nea wɔka no ase no. \b \q1 \v 20 Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; \q2 mo ani behu Yerusalem, \q2 asomdwoe tenabea, ntamadan a wontutu; \q1 wɔrentutu ne nnyinaso da, \q2 na wɔrentetew ne ntampehama mu nso. \q1 \v 21 Ɛhɔ na \nd Awurade\nd* bɛyɛ yɛn Tumfo. \q2 Ɛbɛyɛ sɛ faako a nsu akɛse ne nsuwansuwa wɔ. \q1 Akorow a wɔhare remfa so \q2 ahyɛn akɛse rennantew so. \q1 \v 22 Na \nd Awurade\nd* ne yɛn temmufo, \q2 \nd Awurade\nd* ne yɛn mmarahyɛfo, \q1 \nd Awurade\nd* ne yɛn hene; \q2 na ɔno na obegye yɛn nkwa. \b \q1 \v 23 Wo ntampehama mu agow \q2 enti hyɛn dua no nni nnyinaso, \q1 na wɔntrɛw hyɛn so ntama no mu. \q2 Afei wɔbɛkyɛ asade bebree no mu \q2 na mpakye mpo bɛsoa asade akɔ. \q1 \v 24 Obiara nni Sion a ɔbɛka se, “Meyare;” \q2 na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn. \c 34 \s1 Atemmu A Etia Amanaman No \q1 \v 1 Muntwiw mmɛn, mo amanaman, na muntie; \q2 monyɛ aso, mo ɔmanfo! \q1 Momma asase ne nea ɛwɔ so nyinaa ntie, \q2 wiase ne nea efi mu ba nyinaa! \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* bo afuw amanaman nyinaa; \q2 nʼabufuwhyew no tia wɔn asraafo nyinaa. \q1 Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, \q2 ɔbɛma wɔakunkum wɔn. \q1 \v 3 Wɔbɛtow wɔn mu atɔfo no agu, \q2 wɔn afunu no beyi hua; \q2 wɔn mogya afɔw mmepɔw no. \q1 \v 4 Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera \q2 na wɔbɛbobɔw ɔsoro te sɛ nhoma mmobɔwee; \q1 ɔsoro atumfo bɛhwe ase \q2 sɛnea nhaban tew fi bobe so, \q2 sɛnea mman a awo pan fi borɔdɔma dua ho. \b \q1 \v 5 Mʼafoa anom nea ɛmee no no wɔ ɔsoro; \q2 hwɛ, ɛresian de atemmu aba Edom so, \q2 wɔn a masɛe wɔn koraa no. \q1 \v 6 Mogya aguare \nd Awurade\nd* afoa ho, \q2 wɔde srade asra ho, \q1 nguantenmma ne mmirekyi mogya, \q2 adwennini asaabo mu srade. \q1 \nd Awurade\nd* wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra \q2 ne okum kɛse wɔ Edom. \q1 \v 7 Anantwi anuɔdenfo ne wɔn bɛtotɔ, \q2 anantwinini nketewa ne akɛse. \q1 Mogya afɔw wɔn asase no, \q2 na srade ayɛ so dɔte no sɔkyee. \b \q1 \v 8 Na \nd Awurade\nd* wɔ aweretɔ da \q2 ananmuhyɛ afe, a obedi ama Sion. \q1 \v 9 Edom nsuwansuwa bɛdan agodibea, \q2 ne dɔte bɛdan sufre a ɛdɛw \q2 nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛw! \q1 \v 10 Ɛrennum awia anaa anadwo; \q2 ne wusiw befi a ɛto rentwa da. \q1 Ɛbɛda mpan fi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso; \q2 obiara remfa ho bio koraa. \q1 \v 11 Nweatam so patu ne ɔbonsamnoma \q2 begye hɔ afa; \q1 patu ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ. \q2 Onyankopɔn bɛtwe wɔ Edom so \q1 basabasayɛ susuhama \q2 ne amamfoyɛ kirebennyɛ susudua. \q1 \v 12 Nʼatitiriw rennya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahenni, \q2 nʼahenemma mmarima nyinaa betu ayera. \q1 \v 13 Nsɔe begye nʼabankɛse afa, \q2 nsansono ne nsɔe befuw wɔ nʼabankɛse hɔ. \q1 Hɔ bɛyɛ adompo atu, \q2 ne mpatu tenabea. \q1 \v 14 Nweatam so mmoa ne mpataku behyia adi afra, \q2 mmirekyi anuɔdenfo besu akyerɛ wɔn ho wɔn ho; \q1 hɔ na anadwommoa bɛdeda \q2 na wɔde ayɛ wɔn homebea. \q1 \v 15 Ɛhɔ na patu bɛyɛ ne berebuw, na watow ne nkesua. \q2 Obesow ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so; \q1 ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano, \q2 obiara ne nea ɔka ne ho. \p \v 16 Hwɛ \nd Awurade\nd* nhoma mmobɔwee no mu, na kenkan: \q1 Eyinom mu biara renyera, \q2 obiara benya nea ɔka ne ho. \q1 Efisɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no fi, \q2 na ne honhom bɛboaboa wɔn ano. \q1 \v 17 Ɔde wɔn kyɛfa ma wɔn; \q2 ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ. \q1 Wɔbɛfa no sɛ wɔn de afebɔɔ \q2 na wofi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso atena hɔ. \c 35 \s1 Wɔn A Wɔagye Wɔn No Ahosɛpɛw \q1 \v 1 Nweatam ne asase a awo no ani begye; \q2 sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm. \q1 Te sɛ nhwiren no, \v 2 ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛ \q2 ebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu, \q1 wɔde Lebanon anuonyam bɛma no \q2 Karmel ne Saron ahoɔfɛ; \q1 wobehu \nd Awurade\nd* anuonyam, \q2 yɛn Nyankopɔn tumi no. \b \q1 \v 3 Hyɛ nsa a emu agow no mu den, \q2 hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den; \q1 \v 4 Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se, \q2 “Monhyɛ mo ho den, na munnsuro; \q1 mo Nyankopɔn bɛba, \q2 ɔde aweretɔ bɛba; \q1 ananmuhyɛ a efi ɔsoro \q2 bɛba abegye mo nkwa.” \b \q1 \v 5 Ɛno na wobebue anifuraefo ani, \q2 na wɔama asotifo aso ate asɛm. \q1 \v 6 Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote, \q2 na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu. \q1 Nsu betue wɔ sare so, \q2 na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so. \q1 \v 7 Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare, \q2 na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so. \q1 Atu a anka sakraman te mu no, \q2 ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi. \b \q1 \v 8 Na ɔtempɔn bɛda hɔ; \q2 wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan. \q1 Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so; \q2 ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so; \q2 amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so. \q1 \v 9 Gyata biara rentena hɔ, \q2 na akekaboa biara rensi so; \q2 wɔrenhu wɔn wɔ hɔ. \q1 Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so, \q2 \v 10 na wɔn a \nd Awurade\nd* agye wɔn no bɛsan aba. \q1 Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion; \q2 anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw. \q1 Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso, \q2 na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ. \c 36 \s1 Sanaherib Hunahuna Yerusalem \p \v 1 Ɔhene Hesekia adedi mfe dunan so no, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no so dii so. \v 2 Afei Asiriahene somaa nʼananmusifo fi Lakis a asraafo dɔm kɛse ka ne ho kohyiaa Ɔhene Hesekia wɔ Yerusalem. Bere a ɔsahene begyinaa nsudorobɛn bi a efi Atifi Tare de kɔ Ntamahorofo Atenae hɔ no, \v 3 Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so; Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kohyiaa no. \p \v 4 Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Hesekia se, \pm “ ‘Asɛm a otumfo, Asiriahene ka ni: Dɛn na wode wo ho to so a ɛma wugye wo ho di saa? \v 5 Woka se wowɔ akodi ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hena na ɔtaa wʼakyi a enti wotew mʼanim atua? \v 6 Hwɛ wʼani da Misraim so, demmire a emu abu a ɛte sɛ pema a wutweri a ɛbɛwɔ wo nsa mu apira wo no! Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no nyinaa. \v 7 Ebia wobɛka se, “Yɛde yɛn ho to \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn so!” Ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia atutu nʼabosonnan ne afɔremuka nyinaa, ahyɛ Yudafo sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara so no? \pm \v 8 “ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. \v 9 Na wʼasraafo ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso dae, sɛ wubetumi ne me wura asraafo no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛw no mpo adi asi. Minim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mmoa so. \v 10 Bio, wugye di sɛ, maba sɛ merebɛtow ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a \nd Awurade\nd* nsa nni mu? \nd Awurade\nd* ankasa ka kyerɛɛ me se menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’ ” \p \v 11 Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfo, efisɛ, yɛte ase yiye. Monnka Hebri\f + \fr 36.11 \fr*\ft Hebri kasa yɛɛ kasa a na wɔde di nkitaho saa bere no. Efi 5 AWK no, Hebri kasa bɛyɛɛ Yudafo kasa.\ft*\f* na nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so no bɛte ase.” \p \v 12 Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.” \p \v 13 Afei ɔsahene no sɔre gyina kasaa wɔ Hebri mu se, “Muntie saa nkra yi a efi ɔhempɔn, Asiriahene nkyɛn no! \v 14 Sɛnea ɔhene no se ni: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo! \v 15 Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘\nd Awurade\nd* begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ. \p \v 16 “Munntie Hesekia. Nea Asiriahene ka ni: Mo ne me nyɛ asomdwoe nhyehyɛe na mommra me nkyɛn. Na afei, mɛma mo mu biara adi ɔno ankasa bobe ne borɔdɔma na woanom nsu afi ɔno ankasa abura mu, \v 17 kosi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo de yi so, awi ne nsa foforo asase, aduan ne bobe mfuw asase. \p \v 18 “Mommma Hesekia nka se, ‘\nd Awurade\nd* begye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne man afi Asiriahene nsam pɛn ana? \v 19 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afi me nsam ana? \v 20 Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfo afi me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na \nd Awurade\nd* betumi agye Yerusalem afi me nsam.” \p \v 21 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuae biara, efisɛ na Hesekia aka akyerɛ wɔn se wɔnnkasa. \p \v 22 Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no. \c 37 \s1 Wɔhyɛ Yerusalem Gye Ho Nkɔm \p \v 1 Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu. \v 2 Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn. \v 3 Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. \v 4 Nanso ebia \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!” \p \v 5 Bere a Ɔhene Hesekia mpanyimfo no de ɔhene no nkra brɛɛ Yesaia no, \v 6 Yesaia ka kyerɛɛ wɔn se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo. \v 7 Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’ ” \p \v 8 Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. \p \v 9 Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di asraafo anim rebɛko atia no. Bere a ɔtee no, ɔsomaa abɔfo kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no se, \v 10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’ \v 11 Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana? \v 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Talasar no anyame gyee wɔn ana? \v 13 Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?” \s1 Hesekia Mpaebɔ \p \v 14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ \nd Awurade\nd* asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 15 Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ \nd Awurade\nd* se, \v 16 “Asafo \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. \v 17 Brɛ wʼaso ase, \nd Awurade\nd*, na tie! Bue wʼani, \nd Awurade\nd*, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no. \p \v 18 “\nd Awurade\nd*, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no. \v 19 Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ. \v 20 Afei \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ, wo nko ara, \nd Awurade\nd*, ne Onyankopɔn.” \s1 Sanaherib Asehwe \p \v 21 Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti, \v 22 eyi ne asɛm a \nd Awurade\nd* aka atia no: \q1 “Ɔbabeabun Sion sopa wo, \q2 na ɔserew wo. \q1 Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw, \q2 na ɔwosow ne ti bere a woreguan. \q1 \v 23 Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso? \q2 Hena na womaa wo nne so tiaa no \q1 na wohwɛɛ no ahantan so? \q2 Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! \q1 \v 24 Wonam wʼasomafo so \q2 adi \nd Awurade\nd* ho fɛw. \q1 Na woaka se, \q2 ‘Me nteaseɛnam dodow nti \q1 maforo mmepɔw atenten. \q2 Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no. \q1 Matwitwa ne sida atenten no, \q2 ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam. \q1 Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so, \q2 ne ne kwaeberentuw mu. \q1 \v 25 Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree so \q2 de ne nsu pa no adwudwo me ho. \q1 Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu \q2 sɛnea mʼakofo betumi atwa!’ \b \q1 \v 26 “Na Montee ɛ? \q2 Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ. \q1 Bere bi a atwam no na medwenee ho; \q2 afei mama aba mu sɛ, \q1 moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ \q2 ho ban. \q1 \v 27 Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa no \q2 ho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn. \q1 Wɔte sɛ afuw so nnua, \q2 ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw. \q1 Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifi \q2 a ɛhyew ansa na anyin. \b \q1 \v 28 “Nanso minim nea wote \q2 bere a woba ne bere a wokɔ \q2 ne sɛnea wo bo huru tia me. \q1 \v 29 Na esiane sɛ wo bo huru tia me \q2 na wʼahantan adu mʼasom nti, \q1 mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem, \q2 na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom, \q1 mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so \q2 asan wʼakyi. \p \v 30 “Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia: \q1 “Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii. \q2 Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba. \q1 Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa, \q2 yɛ bobe nturo na di so aba. \q1 \v 31 Bio, nkae bi a ofi Yuda fi \q2 begye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro. \q1 \v 32 Na nkae bi befi Yerusalem aba, \q2 na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so. \q1 Asafo \nd Awurade\nd* pɛ mu na eyi bɛyɛ. \p \v 33 “Eyi ne asɛm a \nd Awurade\nd* ka fa Asiriahene ho: \q1 “Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu \q2 na ɔrentow bɛmma wɔ ha. \q1 Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi \q2 na ɔrensi pie ntua nʼano. \q1 \v 34 Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu.” \q2 \nd Awurade\nd* ka se, \q2 “Ɔrenwura saa kurow yi mu. \q1 \v 35 Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti, \q2 mɛbɔ ho ban.” \p \v 36 Afei \nd Awurade\nd* bɔfo fii adi na okunkum asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe anum wɔ Asiria nsraban mu. Bere a nnipa no sɔree anɔpa no, wohuu sɛ amu gugu baabiara! \v 37 Enti Asiriahene Sanaherib pɔn nʼakofo. Ɔsan kɔɔ Ninewe kɔtenaa hɔ. \p \v 38 Da bi a na ɔresɔre ne nyame Nisrok wɔ abosonnan mu no, ne mma mmarima baanu, Adramelek ne Sareser de afoa kokum no, na woguan kɔɔ Ararat asase so. Na ne babarima Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene. \c 38 \s1 Hesekia Yare \p \v 1 Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.” \p \v 2 Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ \nd Awurade\nd* mpae se, \v 3 “Kae, \nd Awurade\nd*, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree. \p \v 4 Na saa asɛm yi fii \nd Awurade\nd* nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ se, \v 5 “San kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na \nd Awurade\nd*, wʼagya Dawid Nyankopɔn, ka: Mate wo mpaebɔ no, na mahu wo nisu. Mede mfe dunum bɛka wo nkwanna ho. \v 6 Na megye wo ne kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban. \p \v 7 “ ‘Na eyi ne nsɛnkyerɛnne a \nd Awurade\nd* bɛyɛ de adi ho adanse sɛ, obedi ne bɔhyɛ so: \v 8 Mɛma owia ano sunsuma atwe akɔ nʼakyi anammɔn du wɔ Ahas antweri so.’ ” Ɛno nti, owiahyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn du. \p \v 9 Nea Yudahene Hesekia kyerɛw wɔ ne yare ne nʼayaresa akyi ni: \q1 \v 10 Mekae se, “Mʼasetena mu nnapa yi mu \q2 ɛsɛ sɛ mefa owu apon mu \q1 na wogye me mfe a aka yi ana?” \q1 \v 11 Mekae se, “Merenhu \nd Awurade\nd* Nyankopɔn bio \q2 \nd Awurade\nd* a ɔwɔ ateasefo asase so. \q1 Merenhu adesamma bio, \q1 anaa merenka wɔn a wɔte wiase yi ho bio. \q1 \v 12 Wɔadwiriw me fi agu agye afi me nsam, \q2 te sɛ, oguanhwɛfo ntamadan. \q1 Matwa me nkwa so sɛnea ɔnwemfo \q2 twa me fi asadua so; \q2 awia ne anadwo wutwaa me nkwa so. \q1 \v 13 Mede ntoboase twɛn kosii ahemadakye, \q2 nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; \q2 awia ne anadwo wutwaa me nkwa so. \q1 \v 14 Misuu sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; \q2 mitwaa adwo sɛ, aborɔnoma a ɔredi awerɛhow. \q1 Mʼani yɛɛ siamoo bere a mehwɛɛ soro. \q2 Mewɔ ɔhaw mu, \nd Awurade\nd*, bra bɛboa me!” \b \q1 \v 15 Na dɛn na metumi aka? \q2 Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ eyi. \q1 Mede ahobrɛase bɛnantew mʼasetena nyinaa mu \q2 me kra ahoyeraw yi nti. \q1 \v 16 Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa \q2 na me honhom nso nya nkwa wɔ mu. \q1 Wode mʼakwahosan asan ama me \q2 nam so ama manya nkwa. \q1 \v 17 Yiw, ɛyɛ me yiyeyɛ nti \q2 na mekɔɔ saa ahoyeraw yi mu. \q1 Wo dɔ nti, wode me siei \q2 na mankɔ ɔsɛe amoa mu; \q1 na wode me bɔne nyinaa akyɛ me. \q1 \v 18 Ɔda rentumi nkamfo wo; \q2 owu rentumi nto wo ayeyi nnwom; \q1 wɔn a wosian kɔ amoa mu no \q2 rentumi nnya anidaso wɔ wo nokware mu bio. \q1 \v 19 Ateasefo nko na wobetumi akamfo wo, \q2 sɛnea mereyɛ nnɛ yi; \q1 agyanom ka wo nokwaredi ho asɛm \q2 kyerɛ wɔn mma. \b \q1 \v 20 \nd Awurade\nd* begye me nkwa, \q2 na yɛde asanku bɛto nnwom \q1 yɛn nkwanna nyinaa \q2 wɔ \nd Awurade\nd* fi. \p \v 21 Na Yesaia kae se, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛtɔ no.” \p \v 22 Na Hesekia bisae se, “Dɛn nsɛnkyerɛnne na ɛbɛda no adi sɛ, mɛkɔ Awurade asɔredan mu?” \c 39 \s1 Asomafo A Wofi Babilonia \p \v 1 Saa bere no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛde kɔmaa Hesekia, efisɛ na wate sɛ wayare ama ne ho atɔ no. \v 2 Hesekia gyee asomafo no fɛw so, na afei ɔde nea ɔwɔ wɔ ne adekoradan mu kyerɛɛ wɔn; dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam, ngohuam, nʼakode akorae ne biribiara a ɛka nʼademude ho. Biribiara nni nʼahemfi ne nʼahenni mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. \p \v 3 Afei Odiyifo Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kobisaa no se, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kae na he na wofi bae?” \p Hesekia buae se, “Wofi akyirikyiri asase bi so. Wofi Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.” \p \v 4 Odiyifo no bisae se, “Dɛn na wohuu wɔ wʼahemfi hɔ?” \p Hesekia buae se, “Wohuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfi ha. Biribiara nni mʼademude mu a mamfa ankyerɛ wɔn.” \p \v 5 Afei Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia se, “Tie asɛm a efi Asafo \nd Awurade\nd* nkyɛn: \v 6 Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. \v 7 Wʼankasa wʼasefo bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ piamfo a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfi.” \p \v 8 Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia se, “Saa asɛm yi a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso na ɔhene no redwene sɛ, ne bere so de, obenya asomdwoe ne bammɔ. \c 40 \s1 Onyankopɔn Nkurɔfo Awerɛkyekye \q1 \v 1 Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ. \q2 Saa na mo Nyankopɔn se. \q1 \v 2 Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, \q2 na mompae mu nka nkyerɛ no se \q1 ne som dennen no aba awiei, \q2 wɔatua ne bɔne no so ka, \q1 na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho \q2 afi \nd Awurade\nd* nsam. \q1 \v 3 Nne bi reteɛ mu se, \q2 “Munsiesie ɔkwan mma \nd Awurade\nd* \q1 wɔ nweatam no so. \q2 Monteɛ ɔtempɔn wɔ sare no so \q2 mma yɛn Nyankopɔn. \q1 \v 4 Obon biara bɛyɛ ma, \q2 bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam, \q1 asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa, \q2 na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw. \q1 \v 5 Na \nd Awurade\nd* anuonyam bɛda adi, \q2 na nnipa nyinaa behu. \q2 Efisɛ \nd Awurade\nd* na waka!” \b \q1 \v 6 Nne bi kae se, “Teɛ mu.” \q2 Na mekae se, “Menteɛ mu nka dɛn?” \b \q1 “Nnipa nyinaa te sɛ sare, \q2 na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ afuw so nhwiren. \q1 \v 7 Sare hyew, na nhwiren twintwam \q2 efisɛ \nd Awurade\nd* ahomegu fa wɔn so. \q2 Nokware, nnipa no yɛ sare. \q1 \v 8 Sare hyew, na nhwiren twintwam, \q2 nanso yɛn Nyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.” \b \q1 \v 9 Wo a wode asɛm pa reba Sion, \q2 foro kɔ bepɔw tenten bi so. \q1 Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem, \q2 ma wo nne so na teɛ mu, \q1 ma so, nsuro; \q2 ka kyerɛ Yuda nkurow se, \q2 “Mo Nyankopɔn ni!” \q1 \v 10 Hwɛ, Asafo \nd Awurade\nd* de tumi reba, \q2 na nʼabasa bedi hene ama no. \q1 Hwɛ, nʼakatua ka ne ho, \q2 na ɔde nʼabasobɔde nam. \q1 \v 11 Ɔhwɛ ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo. \q2 Ɔboa nguantenmma no wɔ nʼabasa so \q1 oturu wɔn ne koko so; \q2 na nguan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo. \b \q1 \v 12 Hena na wasusuw obon mu nsu wɔ ne nsam \q2 anaa ɔde ne nsateaa asusuw ɔsoro? \q1 Hena na ɔde asase so mfutuma agu kɛntɛn mu, \q2 anaa wakari mmepɔw wɔ nsania so \q2 ne nkoko wɔ nsania apampaa so? \q1 \v 13 Hena na wate \nd Awurade\nd* ase, \q2 anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufo? \q1 \v 14 Hena na \nd Awurade\nd* abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, \q2 na hena na ɔkyerɛɛ no ɔkwan pa no? \q1 Hena na ɔmaa no nimdeɛ \q2 anaa ɔkyerɛɛ no nhumu kwan? \b \q1 \v 15 Ampa ara aman no te sɛ nsu sope wɔ bokiti mu; \q2 wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho; \q2 ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu. \q1 \v 16 Lebanon nnɔɔso mma afɔremuka so gya, \q2 na ne mmoa renso mma ɔhyew afɔrebɔde. \q1 \v 17 Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim; \q2 obu wɔn adehunu bi \q2 a wɔnka hwee. \q1 \v 18 Afei hena ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? \q2 Nsɛsode bɛn ho na wode no bɛto? \q1 \v 19 Ohoni de, odwumfo na ɔyɛ, \q2 na sikadwumfo de sikakɔkɔɔ agu ho \q2 na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no. \q1 \v 20 Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛde yi mma no \q2 kɔhwehwɛ dua a ɛremporɔw. \q1 Ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo \q2 na wayɛ ohoni a ɛremmunum nhwe fam asi hɔ. \b \q1 \v 21 Wunnim ana? \q2 Wontee ana? \q1 Wɔnnka nkyerɛɛ wo mfii mfiase no ana? \q2 Efi bere a wɔbɔɔ asase no, wontee ase ana? \q1 \v 22 Ɔte ahengua so wɔ asase dantaban no atifi \q2 ɛso nnipa te sɛ tɛwtɛw \q1 ɔtwe ɔsoro mu te sɛ bamkyinii, \q2 na ɔtrɛw mu sɛ ntamadan tena mu. \q1 \v 23 Ɔma ahemmea yɛ nnipahunu \q2 na wiase yi sodifo nso, ɔbrɛ wɔn ase. \q1 \v 24 Wɔtɛw wɔn ara pɛ, \q2 woduaa wɔn ara pɛ, \q2 wogyee ntin wɔ asase mu pɛ, \q1 na wahome agu wɔn so ama wɔakisa, \q2 na mframa abɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ. \b \q1 \v 25 “Hena ho na wode me bɛto? \q2 Anaasɛ hena na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ose. \q1 \v 26 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: \q2 Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? \q1 Nea oyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, \q2 na ɔbɔ obiara din frɛ no. \q1 Nʼahoɔden ne ne tumi nti \q2 wɔn mu baako mpo nyera. \b \q1 \v 27 Adɛn na wunwiinwii, Yakob, \q2 na woka se, Israel, \q1 “Mʼakwan ahintaw \nd Awurade\nd*; \q2 na me Nyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”? \q1 \v 28 Wunnim ana? \q2 Wontee ana? \q1 \nd Awurade\nd* yɛ daapem Nyankopɔn, \q2 na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo. \q1 Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw, \q2 na ne nhumu nni nhwehwɛmu. \q1 \v 29 Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden \q2 nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so. \q1 \v 30 Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw, \q2 na mmerante hintihintiw hwehwe ase; \q1 \v 31 Nanso, wɔn a wɔn ani da \nd Awurade\nd* so \q2 benya ahoɔden foforo. \q1 Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim; \q2 wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw. \q2 Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti. \c 41 \s1 Israel Boafo \q1 \v 1 “Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔw! \q2 Ma aman no nhyɛ wɔn ho den! \q1 Ma wɔmmra ha mmɛkasa; \q2 momma yɛmmɔ mu nhyia wɔ asennii hɔ. \b \q1 \v 2 “Hena na wakanyan nea ofi apuei no, \q2 afrɛ no trenee mu sɛ ɔmmɛsom no? \q1 Ɔde aman hyɛ ne nsa \q2 na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim. \q1 Ɔde nʼafoa ma wɔdan mfutuma, \q2 ɔde ne bɛmma ma wɔdan ntɛtɛ a mframa bɔ hwete. \q1 \v 3 Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara nti ne ho, \q2 wɔ kwan a ɔmfaa so da no so. \q1 \v 4 Hena na wayɛ eyi akosi awiei, \q2 afrɛ awo ntoatoaso afi mfiase? \q1 Me \nd Awurade\nd*, meka adikanfo \q2 ne akyikafo ho, Mene ɔno ara.” \b \q1 \v 5 Nsupɔw no ahu na wɔbɔ hu; \q2 nsase ano ho popo. \q1 Wotwiw bɛn, na wɔba anim; \q2 \v 6 na obiara boa ne yɔnko \q2 na ɔka kyerɛ ne nua se, “Yɛ den!” \q1 \v 7 Odwumfo hyɛ sikadwumfo nkuran, \q2 na nea ɔde asae yɛ no trontrom \q2 boa nea ɔbɔ atommo so. \q1 Ɔka fa nea ɔsɔw no ho se, “Eye pa ara.” \q2 Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛnea ɛrentu nhwe fam. \b \q1 \v 8 “Nanso wo, Israel, me somfo, \q2 Yakob, nea mayi no no, \q2 mo, mʼadamfo Abraham asefo. \q1 \v 9 Mefaa wo fii nsase ano, \q2 fii nʼakyirikyiri ntwea so, na mefrɛɛ wo. \q1 Mekae se, ‘Woyɛ me somfo’; \q2 mapaw wo na mempoo wo ɛ. \q1 \v 10 Enti nsuro, na mene wo wɔ hɔ; \q2 mma wo werɛ nhow, na mene wo Nyankopɔn. \q1 Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; \q2 mede me trenee nsa nifa bɛma wo so. \b \q1 \v 11 “Wɔn a wɔn bo afuw wo no nyinaa, ampa ara \q2 wɔn ani bewu na wɔn anim agu ase; \q1 wɔn a wɔsɔre tia wo no \q2 rensɛ hwee na wobewuwu. \q1 \v 12 Ɛwɔ mu sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfo de, \q2 nanso worenhu wɔn. \q1 Wɔn a wotu wo so sa no \q2 rensɛ hwee koraa. \q1 \v 13 Na mene \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, \q2 nea okura wo nsa nifa mu \q1 na ɔka kyerɛ wo se, Nsuro; \q2 mɛboa wo. \q1 \v 14 Nsuro, osunson Yakob, \q2 Israel a wusua, \q1 na me ankasa mɛboa wo,” \nd Awurade\nd* na ose, \q2 wo gyefo, Israel Ɔkronkronni no. \q1 \v 15 “Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhuwso apa, \q2 a ɛyɛ amono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. \q1 Wubehuhuw mmepɔw no so na woadwiriw wɔn, \q2 na woama nkoko ayɛ sɛ ntɛtɛ. \q1 \v 16 Wubehuhuw wɔn so, mframa bɛma wɔn so, \q2 na ahum abɔ wɔn akɔ. \q1 Nanso wʼani begye wɔ \nd Awurade\nd* mu \q2 na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no anuonyam. \b \q1 \v 17 “Ohiani ne mmɔborɔni kyin pɛ nsu, \q2 nanso bi nni hɔ; \q2 osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so ayow. \q1 Nanso me \nd Awurade\nd*, mɛma wɔn mmuae. \q2 Me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn. \q1 \v 18 Mɛma nsubɔnten ateɛ wɔ sorɔnsorɔmmea a awu no so, \q2 na nsuti apue wɔ abon mu. \q1 Mɛdan nweatam ayɛ no mmura, \q2 na nsase a awo adan nsuti bebree. \q1 \v 19 Meduadua wɔ nweatam so, \q2 sida, ɔkanto, ohuam ne ngonnua. \q1 Meduadua ɔpepaw wɔ asase wosee so \q2 asɛsɛ ne kwabɔhɔre abɔ mu, \q1 \v 20 sɛnea nnipa behu na wɔate, \q2 na wɔasusuw ho na wɔate ase sɛ, \q1 \nd Awurade\nd* nsa na ayɛ saa ade yi, \q2 Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbae. \b \q1 \v 21 “Bɔ wo nkuro,” \nd Awurade\nd* na ose. \q2 “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Hene na ose. \q1 \v 22 “Fa wʼahoni no bra \q2 na wɔmmɛka nea ebesi nkyerɛ yɛn. \q1 Wɔmmɛka sɛnea na kan nneɛma no te nkyerɛ yɛn, \q2 sɛnea yebedwen ho afa \q2 na yɛahu nea ebefi mu aba. \q1 Anaasɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ebesi nkyerɛ yɛn. \q2 \v 23 Monka yɛn nea ebesi daakye, \q2 na ama yɛahu sɛ moyɛ anyame. \q1 Monyɛ biribi, sɛ eye anaa enye, \q2 sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn werɛ bɛhow na ehu aka yɛn. \q1 \v 24 Nanso, monnka hwee, \q2 na mo nnwuma so nni mfaso; \q2 nea ɔfa mo no yɛ akyiwade. \b \q1 \v 25 “Makanyan obi a ofi atifi fam na ɔreba, \q2 nea ofi owia apuei na ɔbɔ me din. \q1 Otiatia ahemfo so te sɛ dɔte a wɔde si dan, \q2 te sɛ ɔnwemfo a ɔrewɔw dɔte. \q1 \v 26 Hena na ɔkaa eyi ho asɛm fii mfiase, sɛnea anka ɛbɛma yɛahu, \q2 anaa waka ato hɔ, sɛnea yebetumi aka se, ‘Ne de no ye’? \q1 Obiara anka eyi, \q2 obiara anni kan anka, \q2 obiara ante nsɛm biara amfi wo nkyɛn. \q1 \v 27 Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, woni!’ \q2 Memaa Yerusalem ɔsomafo a ɔde asɛmpa ba. \q1 \v 28 Mehwɛ, nanso obiara nni hɔ, \q2 obiara nni wɔn mu a obetu wɔn fo, \q2 sɛ mibisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuae. \q1 \v 29 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofo! \q2 Wɔn nneyɛe nka hwee; \q2 wɔn nsɛsode yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara. \c 42 \s1 \nd Awurade\nd* Somfo No \q1 \v 1 “Me somfo a mahyɛ no den ni, \q2 nea mayi no na ɔsɔ mʼani; \q1 mede me Honhom begu no so \q2 na ɔde atɛntrenee bɛbrɛ aman no. \q1 \v 2 Ɔrenteɛ mu anaa ɔremma ne nne so. \q2 Ɔremma ne nne so wɔ mmɔnten so. \q1 \v 3 Demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu. \q2 Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum. \q1 Nokware mu na ɔbɛda trenee adi; \q2 \v 4 ɔrenhinhim na ɔrempa abaw \q1 kosi sɛ ɔde trenee bɛba asase so. \q2 Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛto.” \b \q1 \v 5 Sɛɛ na Onyankopɔn, \nd Awurade\nd* no se, \q1 nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛw mu, \q2 nea ɔtwee asase mu ne nea efi mu nyinaa, \q1 nea ɔma wɔn a wɔte so home, \q2 na ɔma wɔn a wɔnantew so no nkwa: \q1 \v 6 “Me, \nd Awurade\nd*, mafrɛ wo trenee mu; \q2 meso wo nsa. \q1 Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ \q2 apam ama nkurɔfo no \q2 ne kanea ama amanamanmufo, \q1 \v 7 na woabue ani a afura, \q2 na woayi nneduafo afi afiase \q2 na woagye wɔn a wɔda afiase amoa mu, wɔn a wɔte sum kabii mu no. \b \q1 \v 8 “Mene \nd Awurade\nd*; me din ne no! \q2 Meremfa mʼanuonyam mma obi \q2 anaa mʼayeyi mma ahoni. \q1 \v 9 Hwɛ, nneɛma dedaw no asisi, \q2 na nneɛma foforo no mepae mu ka; \q1 ansa na ɛbɛba mu no, \q2 meka kyerɛ mo.” \s1 \nd Awurade\nd* Ayeyi Dwom \q1 \v 10 Monto dwom foforo mma \nd Awurade\nd*! \q2 Nʼayeyi mfi asase ano, \q1 mo a mokɔ po so ne nea ɛwo mu nyinaa, \q2 mo asupɔw ne wɔn a wɔtete so nyinaa. \q1 \v 11 Ma nweatam ne so nkurow mma wɔn nne so; \q2 ma atenae a Kedar te so no nsɛpɛw wɔn ho. \q1 Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto nnwom nnye wɔn ani; \q2 ma wɔnteɛ mu mfi mmepɔw no atifi! \q1 \v 12 Ma wɔnhyɛ \nd Awurade\nd* anuonyam; \q2 na wɔmpae mu nka nʼayeyi no wɔ asupɔw no so. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* bepue aba sɛ ɔkatakyi, \q2 te sɛ ɔkofo no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den; \q1 ɔde nteɛmu bɛyɛ ɔkofo nkanyan \q2 na obedi nʼatamfo so nkonim. \b \q1 \v 14 “Mayɛ komm akyɛ, \q2 mayɛ dinn na mahyɛ me ho so. \q1 Nanso afei, te sɛ ɔbea a ɔrewo no, \q2 meteɛ mu, mehome a ensi so na mehome afrɛ so. \q1 \v 15 Mɛsɛe mmepɔw ne nkoko no \q2 na mahyew so afifide nyinaa. \q1 Mɛdan nsubɔnten ama ayɛ asupɔw, \q2 na mama atare ayoyow. \q1 \v 16 Medi anifuraefo anim afa akwan a wonnim so so, \q2 akwan a wonnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan. \q1 Mɛma sum no ayɛ hann wɔ wɔn anim, \q2 na mayɛ mmeae a ɛyɛ abonkyiabonkyi no trontrom. \q1 Eyinom ne nneɛma a mɛyɛ; \q2 merennyaw wɔn mu. \q1 \v 17 Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, \q2 na wɔka kyerɛ nsɛsode se, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, \q2 wɔbɛpam wɔn wɔ animguase mu.” \s1 Israel, Onifuraefo Ne Ɔsotifo \q1 \v 18 “Tie, wo ɔsotifo; \q2 hwɛ, wo onifuraefo na hu! \q1 \v 19 Hena ne onifuraefo sɛ me somfo, \q2 na ɔyɛ ɔsotifo sɛ ɔbɔfo a mesoma no? \q1 Hena na nʼani afura sɛ nea ɔde ne werɛ ahyɛ me mu, \q2 nʼani afura sɛ \nd Awurade\nd* somfo? \q1 \v 20 Woahu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho; \q2 Ɔkwan da wʼasom, nanso wonte hwee.” \q1 \v 21 Ɛsɔɔ \nd Awurade\nd* ani, \q2 ne trenee nti \q2 sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛse na anya anuonyam. \q1 \v 22 Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafow wɔn yi, \q2 wɔn nyinaa aka amoa mu \q2 anaa wɔde wɔn asie wɔ afiase. \q1 Wɔayɛ wɔn asade \q2 na wonni obi a obegye wɔn; \q1 wɔayɛ wɔn akorɔnne \q2 na wonni obi a ɔbɛka se, “Momfa wɔn nsan nkɔ.” \b \q1 \v 23 Mo mu hena na obetie eyi \q2 anaa nʼani beku ho yiye akyiri yi? \q1 \v 24 Hena na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ akorɔnne, \q2 na ɔde Israel maa afowfo? \q1 Ɛnyɛ \nd Awurade\nd* a \q2 yɛayɛ bɔne atia no no? \q1 Efisɛ wɔannantew nʼakwan so; \q2 na wɔanni ne mmara so. \q1 \v 25 Enti ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so, \q2 akodi mu basabasayɛ. \q1 Ɛde ogyaframa bunkam wɔn so, nanso wɔante ase. \q2 Ɛhyew wɔn, nanso amfa wɔn ho. \c 43 \s1 Israel Agyenkwa Koro \q1 \v 1 Na afei, sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 nea ɔbɔɔ wo, Yakob \q2 nea ɔnwen wo, Israel; \q1 “Nsuro na magye wo; \q2 mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea. \q1 \v 2 Sɛ wofa nsu mu a, \q2 mɛka wo ho; \q1 na sɛ wutwa nsubɔnten no a, \q2 ɛremmu mfa wo so. \q1 Sɛ wonantew ogya no mu a, \q2 worenhyew; \q2 ogyaframa no renhye wo. \q1 \v 3 Na mene \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, \q2 Israel Kronkronni, wo Agyenkwa. \q1 Mede Misraim yɛ mpata ma wo \q2 na mede Kus ne Seba si wʼanan mu. \q1 \v 4 Sɛ wosom bo ma me na wowɔ anuonyam wɔ mʼanim \q2 na medɔ wo nti, \q1 mede nnipa bɛsesa wo, \q2 na mede nkurɔfo asesa wo nkwa. \q1 \v 5 Nsuro, efisɛ meka mo ho; \q2 mede wo mma befi apuei fam aba \q2 na maboa wɔn ano afi atɔe fam. \q1 \v 6 Mɛka akyerɛ atifi fam se, ‘Munnyaa wɔn!’ \q2 ne anafo fam se, ‘Munnye wɔn ntena ha.’ \q1 Momfa me mmabarima mfi akyirikyiri mmra \q2 na me mmabea mfi asase ano mmra, \q1 \v 7 obiara a me din da no so, \q2 nea mebɔɔ no de hyɛɛ me ho anuonyam, \q2 nea menwen no na meyɛɛ no.” \b \q1 \v 8 Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wonhu ade \q2 wɔn a wɔwɔ aso nanso asisiw no mmra. \q1 \v 9 Aman no nyinaa boa wɔn ho ano, \q2 na nnipa no hyia mu. \q1 Wɔn mu hena na ɔkaa eyi fii mfiase \q2 na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn? \q1 Ma wɔmmfa wɔn nnansefo mmra mmedi adanse sɛ wodi bem, \q2 sɛnea afoforo bɛte na wɔaka se, “Ɛyɛ nokware.” \q1 \v 10 “Mone me nnansefo, ne mʼasomfo a mapaw no,” \q2 sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q1 “Sɛnea mubehu na moagye me adi \q2 na moate ase sɛ me ne no. \q1 Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, \q2 na mʼakyi nso obiara remma. \q1 \v 11 Me, Me ara, Mene \nd Awurade\nd*, \q2 na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me. \q1 \v 12 Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka se, \q2 Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu. \q1 Mone me nnansefo,” \nd Awurade\nd* na ose sɛ, “Mene Onyankopɔn. \q2 \v 13 Yiw, na efi teteete no me ne no. \q2 Obiara rentumi nnye mfi me nsam \q1 sɛ meyɛ biribi a, hena na obetumi adan no?” \s1 Onyankopɔn Ahummɔbɔ Ne Israel Huammɔdi \q1 \v 14 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no: \q1 “Mo nti, mɛsoma akɔ Babilonia, \q2 na mede Babiloniafo nyinaa bɛba sɛ aguanfo \q2 wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu. \q1 \v 15 Mene \nd Awurade\nd*, wo Kronkronni no, \q2 Israel Yɛfo, wo Hene.” \b \q1 \v 16 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 nea ɔbɔɔ kwan wɔ po mu, \q2 kwan a ɛda asubun mu, \q1 \v 17 nea ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ, \q2 asraafo ne ne nkekaho nyinaa, \q1 na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio, \q2 wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntamabamma: \q1 \v 18 “Momma mo werɛ mfi kan nneɛma no \q2 monntɔ nnkɔ nea atwam no so. \q1 \v 19 Hwɛ, mereyɛ ade foforo! \q2 Mprempren, ɛrepue; na munhu ana? \q1 Merebɔ kwan afa nweatam so \q2 na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wosee so. \q1 \v 20 Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me anuonyam, \q2 adompo ne mpatu, \q1 efisɛ mema nsu wɔ nweatam so \q2 ne nsuwansuwa wɔ asase wosee so, \q2 de ma me nkurɔfo, wɔn a mapaw wɔn no nsu, \q1 \v 21 nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho \q2 sɛ wɔmpae mu nka mʼayeyi. \b \q1 \v 22 “Nanso, womfrɛɛ me, Yakob, \q2 wonhaw wo ho wɔ me ho, Israel. \q1 \v 23 Momfaa nguan mmrɛɛ me sɛ ɔhyew afɔrebɔde, \q2 na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me anuonyam nso. \q1 Memmaa aduan afɔre nyɛɛ mo adesoa \q2 na memfaa nnuhuamgye nhaw mo. \q1 \v 24 Montɔɔ nnuhuam mmrɛɛ me, \q2 na mommaa mo afɔrebɔde mu srade mmuu me so. \q1 Mmom, mode mo bɔne asoa me \q2 na mode mo mfomso ho haw abɛto me so. \b \q1 \v 25 “Me, me ara, mene nea ɔpepa \q2 mo bɔne, me nti, \q2 na menkae mo amumɔyɛ bio. \q1 \v 26 Monhwehwɛ nea atwa mu no mu bio mma me, \q2 momma yɛmmɔ mu nnye asɛm no ho akyinnye; \q2 ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wunni fɔ no. \q1 \v 27 Mo agya a odii kan no yɛɛ bɔne; \q2 mo kasamafo tew mʼanim atua. \q1 \v 28 Enti magu mo asɔredan mu atitiriw anim ase, \q2 na mede Yakob ama ɔsɛe \q2 na mede Israel ama ahohora. \c 44 \s1 Israel, Nea Wɔapaw No \q1 \v 1 “Na afei tie, Yakob me somfo, \q2 Israel, nea mapaw no. \q1 \v 2 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 nea ɔnwen wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, \q2 ɔno na ɔbɛboa wo: \q1 Nsuro Yakob, me somfo, \q2 Yeshurun, a mapaw no. \q1 \v 3 Na mehwie nsu agu asase a awo no so, \q2 ne nsuten wɔ asase kesee so; \q1 mehwie me Honhom agu wo mma so, \q2 ne me nhyira agu wʼasefo so. \q1 \v 4 Wobefifi sɛnea sare fifi wɔ mmoa adidibea, \q2 te sɛ mpampuro a ɛwɔ asuten ho. \q1 \v 5 Obi bɛka se, ‘Meyɛ \nd Awurade\nd* de’; \q2 ɔfoforo bɛfrɛ ne ho se Yakob; \q1 afoforo bɛkɔ so akyerɛw wɔn nsa ho se, ‘\nd Awurade\nd* de,’ \q2 na wɔafa din Israel. \s1 Ɛyɛ \nd Awurade\nd*, Ɛnyɛ Ahoni \q1 \v 6 “Sɛɛ na \nd Awurade\nd* \q2 Israelhene ne Ogyefo, Asafo \nd Awurade\nd* se: \q1 Mene odikanfo ne okyikafo; \q2 Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me. \q1 \v 7 Hena na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka. \q2 Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim \q1 nea asisi fi bere a migyee me tete nkurɔfo sii hɔ, \q2 ne nea ɛrebɛba. \q2 Yiw, ma ɔnhyɛ nea ɛreba ho nkɔm. \q1 \v 8 Mommma mo ho mpopo, munnsuro. \q2 Mampae mu anka eyi, manhyɛ ho amfi teteete ana? \q1 Mone me nnansefo. Onyankopɔn foforo bi ka me ho ana? \q2 Dabi, Ɔbotan foforo bi nni hɔ; minnim baako mpo.” \b \q1 \v 9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, \q2 na nneɛma a ɛsom wɔn bo no so nni mfaso. \q1 Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afura; \q2 wonnim wɔn ankasa animguase ho hwee. \q1 \v 10 Hena na ɔbɔ onyame na ogu ohoni, \q2 a ne so mma no mfaso biara? \q1 \v 11 Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim begu ase; \q2 adwumfo nyɛ hwee sɛ nnipa. \q1 Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina, \q2 ehu ne animguase na ɛbɛka wɔn. \b \q1 \v 12 Ɔtomfo fa nʼatonnade \q2 ɔde hyehyɛ nnyansramma mu; \q1 ɔde asae bobɔ so yɛ no ohoni, \q2 ɔde nʼabasa mu ahoɔden mmoroso na ɛyɛ; \q1 ɔkɔm de no na ɔyɛ mmrɛw; \q2 ɔnnom nsu nti ɔtɔ beraw. \q1 \v 13 Duadwumfo de hama susuw \q2 na ɔde kyerɛwdua sensan; \q1 na ɔde pɛe yiyi ho \q2 afei ɔde kɔmpaase hyɛ no agyirae. \q1 Osen na ɛyɛ sɛ onipa sɛso, \q2 ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanuonyam nyinaa mu, \q2 sɛ wɔde besi abosonnan mu. \q1 \v 14 Otwitwaa sida, \q2 anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔre anaa odum. \q1 Ɔma enyinii wɔ kwae mu, \q2 anaa oduaa ɔpepaw, na osu ma enyinii. \q1 \v 15 Ɛyɛ nea onipa de sɔ ogya; \q2 ɔde bi ka ne ho hyew, \q2 ɔde bi sɔ ogya to brodo. \q1 Nanso ɔde bi sen onyame na ɔsɔre no; \q2 ɔyɛ ohoni na ɔkotow no. \q1 \v 16 Ɔde dua no mu fa sɔ ogya; \q2 so na ɔnoa nʼaduan, \q2 ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee. \q1 Afei ɔka ne ho hyew na ɔka se, \q2 Aa! mahu ogya; me ho ayɛ me hyew. \q1 \v 17 Nkae no ɔde yɛ onyame, ne ohoni; \q2 ɔkotow no na ɔsɔre no. \q1 Ɔbɔ no mpae se, \q2 “Gye me; wo ne me nyame.” \q1 \v 18 Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; \q2 wɔatare wɔn ani so nti wonhu ade, \q2 wɔato wɔn adwene mu nti wɔnte hwee ase. \q1 \v 19 Obiara nna nnwen ho, \q2 obiara nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔde bɛka se, \q1 “Mede fa sɔɔ ogya; \q2 na mpo metoo brodo wɔ ne nnyansramma so; \q2 metotoo nam wɔ so wee. \q1 Ɛsɛ sɛ mede nkae no yɛ akyiwade ana? \q2 Ɛsɛ sɛ mekotow gyentia ana?” \q1 \v 20 Saa onipa no di nsõ, nnaadaa koma ma no to kwan; \q2 ɔrentumi nnye ne ho, anaa nka se, \q2 “Nea mikura wɔ me nsa nifa yi nyɛ atoro ana?” \b \q1 \v 21 “Kae saa nneɛma yi, Yakob, \q2 efisɛ, woyɛ me somfo, Israel. \q1 Me na meyɛɛ wo, woyɛ me somfo; \q2 Ao Israel, me werɛ remfi wo. \q1 \v 22 Mapra wo mfomso agu te sɛ omununkum \q2 ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosu. \q1 San bra me nkyɛn, \q2 efisɛ magye wo.” \b \q1 \v 23 Momfa ahosɛpɛw nto dwom, ɔsorosoro, \q2 na \nd Awurade\nd* na wayɛ eyi. \q1 Mommɔ ose, asase ase. \q2 Momma nnwonto so, mo mmepɔw, \q1 mo kwae ne emu nnua nyinaa, \q2 na \nd Awurade\nd* agye Yakob, \q2 wada nʼanuonyam adi wɔ Israel. \s1 Wɔbɛtena Yerusalem \q1 \v 24 “Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 wo Gyefo a ɔnwen wo wɔ awotwaa mu no: \b \q1 “Mene \nd Awurade\nd*, \q2 nea wayɛ nneɛma nyinaa, \q1 nea ɔno nko ara trɛw ɔsoro mu \q2 nea ɔno nko ara twee asase mu, \q1 \v 25 nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnne \q2 na ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo, \q1 nea otutu anyansafo adenim gu \q2 na ɔdan no nkwaseasɛm, \q1 \v 26 nea ɔma nʼasomfo nsɛm ba mu \q2 nea ɔhyɛ nʼasomafo nkɔmhyɛ mu ma, \b \q1 “nea ɔka fa Yerusalem ho se, ‘Wɔbɛtena mu,’ \q2 ne Yuda nkurow ho se, ‘Wɔbɛkyekye,’ \q2 ne mmubui ho se, ‘Mɛyɛ no foforo,’ \q1 \v 27 nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow, \q2 na mɛma wo nsuwa ayoyow,’ \q1 \v 28 nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo \q2 na obewie nea mepɛ nyinaa yɛ; \q2 ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,” \q2 na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ” \b \b \c 45 \q1 \v 1 “Sɛɛ na \nd Awurade\nd* ka kyerɛ nea wasra no ngo, \q2 Kores a maso ne nsa nifa mu \q1 sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim \q2 na onnye ahemfo akode mfi wɔn nsam \q1 sɛ ommuebue apon a ɛwɔ nʼanim \q2 sɛnea kurow apon no mu rentoto. \q1 \v 2 Medi wʼanim \q2 mɛyɛ mmepɔw tamaa; \q1 mebubu kɔbere mfrafrae apon agu \q2 na matwitwa nnade adaban mu. \q1 \v 3 Mede sum mu ademude bɛma wo \q2 ahonyade a wɔde asie kokoa mu \q1 sɛnea wubehu sɛ, mene \nd Awurade\nd*, \q2 Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no. \q1 \v 4 Me somfo Yakob nti, \q2 Israel a mapaw no nti, \q1 mebɔ wo din frɛ wo \q2 na mɛma wo anuonyamhyɛ abodin, \q2 ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de. \q1 \v 5 Mene \nd Awurade\nd*, obiara nni hɔ bio; \q2 Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. \q1 Mɛhyɛ wo den, \q2 ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de, \q1 \v 6 sɛnea ɛbɛyɛ a efi nea owia pue \q2 kosi beae a ɛtɔ no \q1 nnipa behu sɛ obiara nka me ho. \q2 Mene \nd Awurade\nd*, na obiara nni hɔ bio. \q1 \v 7 Meyɛ hann, na mebɔ sum. \q2 Mede yiyedi ba na mede ɔhaw ba; \q2 Me, \nd Awurade\nd*, na meyɛ eyinom nyinaa. \b \q1 \v 8 “Mo ɔsorosoro munhwie trenee ngu fam; \q2 momma emfi omununkum mu ntɔ \q1 momma asase mu mmue kɛse, \q2 na nkwagye mpue mfi mu, \q1 na trenee ne no nnyin; \q2 Me, \nd Awurade\nd* na mayɛ. \b \q1 \v 9 “Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo ham \q2 ɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu. \q1 Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se, \q2 ‘Dɛn na woreyɛ yi?’ \q1 Wʼadwuma betumi abisa wo se \q2 ‘Wunni nsa’? \q1 \v 10 Nnome nka nea ose nʼagya se \q2 ‘Dɛn na woawo yi?’ \q1 Anaa obisa ne na se, \q2 ‘Dɛn na wokyem woe?’ \b \q1 \v 11 “Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfo; \q1 Nea ɛfa nneɛma a ɛreba ho no, \q2 wubisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, \q2 anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? \q1 \v 12 Ɛyɛ me na meyɛɛ asase \q2 na mebɔɔ adesamma guu so. \q1 Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu; \q2 nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase. \q1 \v 13 Mɛma Kores so wɔ me trenee mu; \q2 meteɛteɛ nʼakwan nyinaa. \q1 Ɔbɛsan akyekyere me kuropɔn \q2 na wagyaa me nnommumfo, \q1 nanso ɔrennye akatua anaa akyɛde, \q2 Asafo \nd Awurade\nd* na ose.” \p \v 14 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “Nneɛma a efi Misraim ne aguade a efi Kus, \q2 ne Sebafo atenten no, \q1 wɔbɛba wo nkyɛn \q2 abɛyɛ wo dea; \q1 wobedi wʼakyi brɛoo aba a \q2 wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. \q1 Wobebu nkotodwe wʼanim \q2 na wɔasrɛ wo aka se, \q1 ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na obi nni hɔ; \q2 onyame biara nni hɔ.’ ” \b \q1 \v 15 Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, \q2 Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa. \q1 \v 16 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase; \q2 wɔbɛbɔ mu akɔ animguase mu. \q1 \v 17 Nanso \nd Awurade\nd* begye Israel nkwa, \q2 ɔde daapem nkwagye; \q1 wɔremma wʼani nwu na wʼanim rengu ase bio \q2 kosi daapem. \b \q1 \v 18 Na sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 nea ɔbɔɔ ɔsorosoro no \q1 ɔno ne Onyankopɔn; \q2 nea ɔmaa asase, ne tebea na ɔbɔe no, \q1 ɔno na ɔtoo ne fapem; \q2 wammɔ no sɛ so nna hɔ kwa, \q1 mmom, ɔyɛe se nnipa ntena so, \q2 ɔka se: \q1 “Mene \nd Awurade\nd*, \q2 na obi nni hɔ. \q1 \v 19 Menkasaa wɔ kokoa mu, \q2 mfi asase so baabi a aduru sum; \q1 menka nkyerɛɛ Yakob asefo se, \q2 ‘Monhwehwɛ me na munhu me.’ \q1 Me \nd Awurade\nd*, meka nokware no; \q2 meka nea eye. \b \q1 \v 20 “Mommoaboa mo ho ano na mommra; \q2 munhyia mu, mo aguanfo a mufi amanaman so. \q1 Wɔn a wonnim de na wɔsoa nnua ahoni de kyinkyin \q2 wɔn a wɔbɔ anyame a wontumi nnye nkwa no mpae. \q1 \v 21 Mompae mu nka nea ebesi, momfa nto gua, \q2 ma wɔmmɔ mu ntu agyina. \q1 Hena na odii kan kaa no teteete, \q2 hena na ɔdaa no adi fi tete nteredee? \q1 Ɛnyɛ me \nd Awurade\nd* ana? \q2 Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, \q1 trenee Nyankopɔn ne Agyenkwa; \q2 obiara nni hɔ sɛ me. \b \q1 \v 22 “Monnan mmra me nkyɛn na munnya nkwa, \q2 mo a mowɔ asase ano nyinaa; \q1 efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ. \q1 \v 23 Maka me ho ntam, \q2 mʼano aka wɔ nokwaredi nyinaa mu \q2 asɛm a wɔntwe nsan sɛ: \q1 obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim. \q2 Na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn. \q1 \v 24 Wɔbɛka me ho asɛm se, ‘\nd Awurade\nd* nko ara mu \q2 na trenee ne ahoɔden wɔ.’ ” \q1 Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa \q2 bɛba ne nkyɛn na wɔn anim begu ase. \q1 \v 25 Nanso \nd Awurade\nd* mu, Israel asefo nyinaa \q2 wobebu wɔn bem, na wɔahoahoa wɔn ho. \c 46 \s1 Babilonia Anyame \q1 \v 1 Bel bɔ ne mu ase, Nebo brɛ ne dibea ase; \q2 mfurum soa wɔn ahoni. \q1 Nsɛsode a wɔso nenam no mu yɛ duru, \q2 ɛyɛ adesoa ma nea wabrɛ. \q1 \v 2 Wɔbɔ mu kotow, bɔ wɔn mu ase; \q2 wontumi nsiw amanehunu ano, \q2 wɔn ankasa kɔ nkoasom mu. \b \q1 \v 3 “Muntie me, Yakobfifo, \q2 mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa, \q1 mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu, \q2 na maturu mo afi bere a wɔwoo mo. \q1 \v 4 Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu, \q2 Me ne no, Me ne nea obeso mo mu. \q1 Mabɔ mo na meturu mo; \q2 mɛwowaw mo na megye mo. \b \q1 \v 5 “Hena ho na mode me bɛto, anaa mubebu no me sɛso? \q2 Hena na mode me besusuw no, na mode no atoto me ho? \q1 \v 6 Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku mu \q2 na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; \q1 wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi, \q2 na wɔkotow sɔre no. \q1 \v 7 Wɔsoa no wɔ wɔn mmati so, \q2 wɔde kosi nʼafa, na ɛka hɔ ara. \q2 Ɛrentumi mfi faako a esi. \q1 Obi teɛ mu frɛ no de, nanso ommua; \q2 ɛrentumi nyi no mfi ne haw mu. \b \q1 \v 8 “Monkae yiye, momma ɛnka mo tirim, \q2 munnwen ho mo atuatewfo. \q1 \v 9 Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; \q2 Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ; \q2 Mene Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me. \q1 \v 10 Meda awiei adi fi mfiase, \q2 efi tete, meka nea ɛbɛba. \q1 Meka se: ‘Mʼatirimpɔw begyina, \q2 na mɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’ \q1 \v 11 Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afi apuei fam; \q2 afi akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botae ma. \q1 Nea maka no, ɛno na mɛma aba mu; \q2 nea madwen ho no, ɛno na mɛyɛ. \q1 \v 12 Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo, \q2 mo a mo ne trenee ntam kwan ware; \q1 \v 13 Mede me trenee rebɛn, \q2 enni akyirikyiri; \q2 na me nkwagye nso renkyɛ. \q1 Mɛma Sion nkwagye, \q2 na mede mʼanuonyam ama Israel. \c 47 \s1 Babilonia Asehwe \q1 \v 1 “Sian kɔ, tena mfutuma mu, \q2 Ɔbabea Babilonia; \q1 tena fam na mfa ahengua, \q2 Babiloniafo hemmea kuropɔn. \q1 Wɔremfrɛ wo bio se, \q2 nsiforo anaa nea ne ho yɛ na. \q1 \v 2 Fa awiyammo na yam esiam; \q2 yi wo nkataanim no. \q1 Ma wʼatade so kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ, \q2 na fa nsuwansuwa no mu. \q1 \v 3 Wʼadagyaw bɛda adi \q2 na wʼanimguase so renkata. \q1 Mɛtɔ were; \q2 meremfa obiara ho nkyɛ no.” \b \q1 \v 4 Yɛn Gyefo, Asafo \nd Awurade\nd* ne ne din, \q2 ɔno ne Israel Kronkronni. \b \q1 \v 5 “Tena ase dinn, kɔhyɛ sum mu, \q2 Babiloniafo hemmea kurow; \q1 wɔremfrɛ wo bio se \q2 ahenni ahorow so hemmea. \q1 \v 6 Me bo fuw me nkurɔfo, \q2 na miguu mʼagyapade ho fi; \q1 mede wɔn hyɛɛ wo nsa, \q2 na woanhu wɔn mmɔbɔ. \q1 Nkwakoraa koraa mpo, \q2 wosoaa wɔn konnua duruduru. \q1 \v 7 Wokae se, ‘Mɛkɔ so daa, \q2 ayɛ ɔhemmea afebɔɔ.’ \q1 Nanso woannwen saa nneɛma yi ho \q2 na woansusuw nea ebetumi asi ho. \b \q1 \v 8 “Afei tie, wo oguamanfo, \q2 woredwudwo wo ho wɔ wo bammɔ mu \q1 na woka kyerɛ wo ho se, \q2 ‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me. \q1 Merenyɛ okunafo da \q2 na merenni awommawu.’ \q1 \v 9 Saa nneɛma abien yi bɛto wo \q2 prɛko pɛ, da koro pɛ: \q1 awommawu ne kunayɛ. \q2 Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara, \q1 wʼabayisɛm bebrebe yi \q2 ne ntafowayi a mu yɛ den nyinaa akyi. \q1 \v 10 Wode wo ho ato wʼamumɔyɛ so \q2 na waka se, ‘Obiara nhu me.’ \q1 Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan \q2 bere a woka kyerɛ wo ho se, \q2 ‘Me ne no, obiara nni hɔ ka me ho.’ \q1 \v 11 Amanehunu bɛto wo, \q2 na worenhu ɔkwan ko a wobɛfa so ayi afi hɔ. \q1 Ɔhaw bi bɛba wo so \q2 a worentumi mfa mpata nyi mfi hɔ; \q1 atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo \q2 bɛba wo so mpofirim. \b \q1 \v 12 “Kɔ so yɛ wo ntafowayi \q2 ne wʼabayisɛm bebrebe \q2 a wode adi dwuma fi wo mmofraase no. \q1 Ebia wubedi nkonim, \q2 ebia wode ehu bɛba. \q1 \v 13 Woabrɛ wɔ afotufo bebrebe a woanya no mu! \q2 Ma wo nsoromma ho anyansafo mmra anim, \q1 wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no, ka nea ɛreba ɔsram biara mu no, \q2 ma wonnye wo mfi nea ɛreba wo so no mu. \q1 \v 14 Nokwarem, wɔte sɛ gyentia; \q2 ogya bɛhyew wɔn. \q1 Na wontumi nnye wɔn ankasa ho \q2 mfi ogyaframa anoden no ho. \q1 Nnyansramma biara nni ha a ɛbɛka obiara hyew; \q2 ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato. \q1 \v 15 Nea wobetumi ayɛ ama wo ara ne no, \q2 eyinom na wo ne wɔn abrɛ \q2 na wo ne wɔn anantew fi mmofraase. \q1 Wɔn mu biara kɔ so yɛ ne mfomso; \q2 ɔbaako mpo nni hɔ a obetumi agye wo. \c 48 \s1 Israel Ɔsoɔdenfo \q1 \v 1 “Muntie eyi, Yakobfifo \q2 mo a wɔde Israel din frɛ mo, \q1 na moyɛ Yuda asefo, \q2 mo a mobɔ \nd Awurade\nd* din ka ntam, \q1 na mofrɛ Israel Nyankopɔn, \q2 nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu, \q1 \v 2 mo a mofrɛ mo ho kurow kronkron no mma \q2 na mode mo ho to Israel Nyankopɔn so, \q2 Asafo \nd Awurade\nd* ne ne din. \q1 \v 3 Mehyɛɛ nneɛma a atwa mu no ho nkɔm dedaada, \q2 mebɔɔ nkae, na medaa no adi; \q2 afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu. \q1 \v 4 Na minim sɛnea moyɛ asoɔden fa \q2 mo kɔn ho ntin yɛ dade \q2 na mo moma yɛ kɔbere mfrafrae. \q1 \v 5 Enti, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo dedaada \q2 ansa na ɛrebesisi no, mebɔɔ mo nkae \q1 sɛnea morentumi nka se, \q2 ‘Mʼahoni na wɔyɛe: \q2 me dua nsɛsode ne me dade nyame na ɔhyɛe.’ \q1 \v 6 Moate eyinom nyinaa; monhwɛ wɔn nyinaa. \q2 Morennye wɔn nto mu ana? \b \q1 “Efi saa bere yi de rekɔ mɛka nsɛm foforo akyerɛ mo, \q2 ɛfa nneɛma a ahintaw a munnim ho. \q1 \v 7 Afei na wɔayɛ koraa, ɛnkyɛe; \q2 ebesi nnɛ no na anka montee ho hwee. \q1 Enti morentumi nka se, \q2 ‘Yiw na minim dedaw!’ \q1 \v 8 Wontee, na wontee ase; \q2 efi tete nyinaa wʼaso asiw. \q1 Na minim sɛ woyɛ ɔfatwafo; \q2 wɔfrɛɛ wo otuatewfo fi ɔyafunu mu. \q1 \v 9 Me din nti metwentwɛn mʼabufuw so; \q2 mʼayeyi nti miyi fi wo so, \q2 sɛnea merensɛe wo koraa. \q1 \v 10 Hwɛ mahoa mo ho, ɛnyɛ sɛnea wɔnan dwetɛ ho; \q2 mmom, masɔ wo ahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu. \q1 \v 11 Me nti, me nti, na meyɛ eyi. \q2 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? \q2 Memma obi nnye mʼanuonyam. \s1 Israel Ahofadi \q1 \v 12 “Tie me, Yakob, \q2 Israel a mafrɛ no; \q1 Me ne no; \q2 Me ne odikanfo ne okyikafo. \q1 \v 13 Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, \q2 na me nsa na ɛtrɛw ɔsorosoro mu; \q1 sɛ mefrɛ wɔn a, \q2 wɔn nyinaa bɔ mu sɔre. \b \q1 \v 14 “Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmetie: \q2 ahoni no mu nea ɔwɔ he na waka saa nsɛm yi dedaw? \q1 \nd Awurade\nd* boafo a wapaw no \q2 bɛma nʼatirimpɔw a etia Babilonia aba mu; \q2 ne basa betia Babiloniafo. \q1 \v 15 Me, me na makasa. \q2 Yiw, mafrɛ no. \q1 Mede no bɛba, \q2 na obewie nʼadwuma nkonimdi so. \p \v 16 “Montwiw mmɛn me na muntie eyi: \q1 “Efi nkaebɔ a edi kan no, menkasaa wɔ kokoa mu; \q2 bere biara a ebesi no, na mewɔ hɔ.” \b \q1 Na afei Asafo \nd Awurade\nd* \q2 de ne Honhom asoma me. \b \q1 \v 17 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 mo gyefo, Israel Kronkronni no: \q1 “Mene \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn, \q2 nea ɔkyerɛ mo nea eye ma mo, \q2 na ɔkyerɛ mo ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so. \q1 \v 18 Sɛ mudii mʼahyɛde so a, \q2 anka mo asomdwoe ayɛ sɛ asubɔnten, \q2 na mo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye. \q1 \v 19 Anka mo asefo ayɛ sɛ nwea, \q2 na mo mma ayɛ sɛ ne mmosea a wontumi nkan; \q1 wɔn din rempepa da \q2 wɔrensɛe mfi mʼanim.” \b \q1 \v 20 Mumfi Babilonia, \q2 munguan mfi Babiloniafo nkyɛn! \q1 Momfa osebɔ nteɛmu mmɔ nkae \q2 na mompae mu nka eyi. \q1 Momfa nkɔ nsase ano; \q2 monka se, “\nd Awurade\nd* abegye ne somfo Yakob.” \q1 \v 21 Osukɔm anne wɔn bere a odii wɔn anim, wɔ nweatam ahorow so no, \q2 ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn; \q2 ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsu tue fii mu. \b \q1 \v 22 “Asomdwoe nni hɔ mma amumɔyɛfo.” Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. \c 49 \s1 Awurade Somfo No \q1 \v 1 Muntie me, mo mpoano aman; \q2 monyɛ aso mo akyirikyiri aman \q1 ansa na wɔrebɛwo me no, \nd Awurade\nd* frɛɛ me \q2 ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me. \q1 \v 2 Ɔyɛɛ mʼano sɛ afoa nnamnam, \q1 Ɔde me hintaw ne nsa ase nwini mu; \q2 ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam \q2 na ɔde me hyɛɛ ne boha mu. \q1 \v 3 Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me somfo, \q2 Israel, wo mu na mɛda mʼanuonyam adi.” \q1 \v 4 Nanso mekae se, “Mabrɛ agu \q2 masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee \q1 nanso nea ɛwɔ me wɔ \nd Awurade\nd* nsam \q2 na mʼakatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.” \b \q1 \v 5 Na afei, \nd Awurade\nd* kasa se, \q2 nea ɔnwen me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne somfo \q1 sɛ memfa Yakob nsan mmra ne nkyɛn \q2 na me mmoaboa Israel ano mma no no, \q1 wahyɛ me anuonyam wɔ \nd Awurade\nd* ani so \q2 na me Nyankopɔn ayɛ mʼahoɔden. \q1 \v 6 Ɔka se, \q1 “Ɛyɛ ade ketewa bi ma wo sɛ wobɛyɛ me somfo \q2 sɛ wode Yakob mmusuakuw bɛsan aba \q2 na wode Israelfo a mede wɔn asie bɛsan aba. \q1 Mɛma moayɛ amanamanmufo nyinaa kanea, \q2 ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.” \b \q1 \v 7 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 Ogyefo ne Israel ɔkronkronni no \q1 de kɔma nea aman buu no animtiaa na wokyii no, \q2 ahemfo somfo no; \q1 “Ahene behu wo na wɔasɔre \q2 ahenemma behu wo na wɔakotow wo \q1 esiane \nd Awurade\nd* a ɔyɛ ɔnokwafo, \q2 Israel ɔkronkronni a wayi wo no nti.” \s1 Israel Si Ne Dedaw Mu \p \v 8 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo, \q2 na nkwagyeda no, mɛboa wo; \q1 mɛkora wo na mede wo ayɛ \q2 apam ama nkurɔfo no, \q1 de agye asase no asi hɔ \q2 akyekyɛ agyapade ahorow a asɛe no bio, \q1 \v 9 wobɛka akyerɛ nneduafo se, ‘Mumfi mmra!’ \q2 ne wɔn a wɔwɔ sum mu se, ‘Momfa mo ho nni!’ \b \q1 “Wobedidi wɔ akwan ho \q2 wobenya adidibea wɔ koko kesee biara so. \q1 \v 10 Ɔkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; \q2 nweatam so hyew ne owia ano hyew renka wɔn, \q1 nea ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan \q2 na ɔde wɔn akɔ nsuaniwa ho. \q1 \v 11 Mɛyɛ me mmepɔw nyinaa akwan, \q2 na mʼatempɔn nso mɛma akrɔn. \q1 \v 12 Hwɛ, wufi akyirikyiri bɛba \q2 ebinom befi atifi fam, ebinom befi atɔe fam \q2 ebinom nso befi Sinin mantam mu.” \b \q1 \v 13 Momfa anigye nteɛ mu, ɔsoro; \q2 di ahurusi, asase; \q2 mompae mu nnwonto mu, mmepɔw! \q1 Na \nd Awurade\nd* kyekye ne nkurɔfo werɛ, \q2 na obehu nʼamanehunufo mmɔbɔ. \b \q1 \v 14 Nanso Sion kae se, “\nd Awurade\nd* agyaw me hɔ, \q2 Awurade werɛ afi me.” \b \q1 \v 15 “Ɛna werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano \q2 a ɔrennya ayamhyehye mma ɔba a waturu no no ana? \q1 Ebia ne werɛ befi, \q2 na me werɛ remfi wo! \q1 \v 16 Hwɛ, makurukyerɛw wo din agu me nsa yam \q2 wʼafasu wɔ mʼani so daa. \q1 \v 17 Mo mmabarima resan aba ntɛm so; \q2 na wɔn a wɔsɛe mo no refi mo nkyɛn akɔ. \q1 \v 18 Momma mo ani so nhwɛ mo ho nhyia; \q2 mo mmabarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. \q1 Sɛ mete ase yi” sɛnea \nd Awurade\nd* se, \q2 “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛde ama mo ho \q2 mubefura wɔn sɛ ayeforokunu. \b \b \q1 \v 19 “Ɛwɔ mu sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa \q2 maa mo asase daa mpan, \q1 afei nnipa bɛhyɛ wo so ma, ama aboro wo so, \q2 na wɔn a wɔsɛee wo no bɛkɔ akyirikyiri. \q1 \v 20 Mmofra a wɔwoo wɔn wɔ mo nna bɔne mu no \q2 bɛka ama moate sɛ, \q1 ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; \q2 momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’ \q1 \v 21 Na wobɛka wɔ wo koma mu se, \q2 ‘Hena na ɔwoo eyinom maa me? \q1 Na meyɛ ɔwerɛhowni ne obonin; \q2 wotuu me kɔɔ asase foforo so na wɔpoo me. \q2 Hena na ɔtetew eyinom? \q1 Wogyaw me nko ara \q2 na eyinom, he na wofi bae?’ ” \p \v 22 Sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se: \q1 “Hwɛ, menyama amanamanmufo, \q2 mɛma me frankaa no so akyerɛ nkurɔfo no \q1 wobeturu wo mmabarima wɔ wɔn nsa so aba \q2 na wɔbɛsoa wo mmabea wɔ wɔn mmati so. \q1 \v 23 Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, \q2 na wɔn ahemmea ayɛ ɛnanom a wɔbɛhwɛ mo. \q1 Wɔbɛkotow mo a wɔn anim butubutuw fam; \q2 wɔbɛtaforo mo nan ase mfutuma. \q1 Afei mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*. \q2 Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn huammɔ.” \b \q1 \v 24 Wobetumi agye asade afi akofo nsam; \q2 anaa wobetumi agye nnommumfo afi otirimɔdenfo nsam? \p \v 25 Nanso, sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “Yiw, wobegye nnommumfo afi akofo nsam \q2 na wɔagye asade afi otirimɔdenfo nsam; \q1 me ne wɔn a wɔne wo nya no benya \q2 na megye wo mma nkwa. \q1 \v 26 Mema wɔn a wɔhyɛ wo so no awe wɔn ankasa honam; \q2 wɔn mogya bɛbow wɔn sɛnea wɔanom nsa. \q1 Afei adesamma nyinaa behu \q2 sɛ me, \nd Awurade\nd*, me ne wʼAgyenkwa no, \q2 wo Gyefo, Yakob Tumfo No.” \c 50 \s1 Israel Amumɔyɛ Ne Ɔsomfo No Setie \p \v 1 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “Ɛhe na awaregyae ho adansedi nhoma, \q2 nea migyinaa so gyaa no kwan no wɔ? \q1 Anaa sɛ mʼadefirifo mu hena \q2 na metɔn wo maa no? \q1 Wo bɔne nti na wɔtɔn wo; \q2 Wʼamumɔyɛ nti na wɔpam wo na. \q1 \v 2 Mebae no, adɛn nti na na obiara nni hɔ? \q2 Mefrɛe no, adɛn nti na obiara annye so? \q1 Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ebegye wo ana? \q2 Minni ahoɔden a mede begye wo ana? \q1 Mede mʼanimka kɛkɛ no ma po yow, \q2 medan nsubɔnten nweatam \q1 mu mpataa porɔw esiane nsu a wonnya nti \q2 na osukɔm kum wɔn. \q1 \v 3 Mede sum fura ɔsoro \q2 na mema atweaatam yɛ ne nkataho.” \b \q1 \v 4 Asafo \nd Awurade\nd* ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma \q2 sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfo den. \q1 Onyan me anɔpa biara, \q2 na obue mʼaso ma mitie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ. \q1 \v 5 Otumfo \nd Awurade\nd* abue mʼaso \q2 na menyɛɛ otuatewfo ɛ; \q2 na mensan mʼakyi ɛ. \q1 \v 6 Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me, \q2 ne mʼafono maa wɔn a wotutu mʼabogyesɛ. \q1 Mamfa mʼanim anhintaw wɔn \q2 fɛwdi ne ntasu ho. \q1 \v 7 Esiane sɛ, Asafo \nd Awurade\nd* boa me nti, \q2 wɔrengu mʼanim ase. \q1 Enti na mayɛ mʼanim sɛ ɔtwɛrebo, \q2 na minim sɛ mʼanim rengu ase. \q1 \v 8 Nea obu me bem no abɛn. \q2 Enti hena na ɔbɛbɔ me kwaadu? \q2 Ɔmma yenhyia mu! \q1 Hena na ɔbɔ me sobo? \q2 Ma ɔnka nsi mʼanim! \q1 \v 9 Asafo \nd Awurade\nd* na ɔboa me. \q2 Hena ne nea obebu me fɔ? \q1 Wɔn nyinaa bɛtetew sɛ atade; \q2 nnwewemmoa bɛwe wɔn. \b \q1 \v 10 Mo mu hena na osuro \nd Awurade\nd*, \q2 na odi ne somfo asɛm so? \q1 Ma nea ɔnam sum mu \q2 nea onni hann no, \q1 onnye \nd Awurade\nd* din nni \q2 na ɔmfa ne ho nto ne Nyankopɔn so. \q1 \v 11 Na afei, mo a mososɔ ogya nyinaa \q2 na moyɛ ogyatɛn ma mo ho, \q1 monkɔ, nkɔnantew mo gya hann no, \q2 ne ogyatɛn a wɔasɔ ano no mu. \q1 Eyi ne nea mubenya afi me nsa mu; \q2 mobɛdeda fam wɔ ɔyaw mu. \c 51 \s1 Sion Daapem Nkwagye \q1 \v 1 “Muntie me, mo a mopɛ trenee akyi kwan; \q2 na mohwehwɛ \nd Awurade\nd*; \q1 Monhwɛ ɔbotan a wotwaa mo fii mu no \q2 ne abopaebea a wotuu mo fii hɔ no; \q1 \v 2 Monhwɛ Abraham, mo agya, \q2 ne Sara a ɔwoo mo no. \q1 Bere a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofo, \q2 na mihyiraa no maa nʼase trɛwee. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* bɛkyekye Sion werɛ ampa ara \q2 na ne yam bɛhyehye no wɔ ne nnwiriwii no ho; \q1 ɔbɛyɛ ne nweatam ahorow sɛ Eden, \q2 nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ \nd Awurade\nd* turo. \q1 Wobehu anigye ne ahosɛpɛw, \q2 aseda ne nnwonto wɔ ne mu. \b \q1 \v 4 “Muntie me, me nkurɔfo; \q2 monyɛ aso mma me, me man: \q1 Mmara no befi me nkyɛn akɔ; \q2 na mʼatɛntrenee bɛyɛ hann ama aman no. \q1 \v 5 Me trenee reba ntɛm so, \q2 me nkwagye nam kwan so, \q2 na me basa de atɛntrenee bɛbrɛ aman no. \q1 Asupɔw no bɛhwɛ me \q2 na wɔde anidaso bɛtwɛn me basa. \q1 \v 6 Momma mo ani so nhwɛ ɔsorosoro, \q2 monhwɛ asase wɔ fam; \q1 ɔsorosoro betu ayera sɛ wusiw \q2 na asase bɛtetew sɛ atade \q2 na wɔn a wɔte so bewuwu sɛ nwansena. \q1 Nanso me nkwagye bɛtena hɔ daa, \q2 me trenee to rentwa da. \b \q1 \v 7 “Muntie me, mo a munim nea ɛteɛ, \q2 mo a me mmara wɔ mo koma mu: \q1 Munnsuro nnipa animka \q2 anaa momma wɔn ahohora ntu mo koma. \q1 \v 8 Na nnwewemmoa bɛwe wɔn te sɛnea wɔwe atade; \q2 asunson bɛsɛe wɔn te sɛnea wɔsɛe kuntu. \q1 Nanso me trenee bɛtena hɔ daa, \q2 me nkwagye befi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso so.” \b \q1 \v 9 Nyan, nyan! \nd Awurade\nd* basa, \q2 hyɛ ahoɔden adurade; \q1 nyan te sɛ nna a atwa mu no, \q2 te sɛ tete awo ntoatoaso mu no. \q1 Ɛnyɛ wo na wutwitwaa Rahab mu asinasin no, \q2 na wuhwirew asuboa kɛse no mu no? \q1 \v 10 Ɛnyɛ wo na womaa po yowee, \q2 asubun mu nsu no, \q1 nea ɔpaee kwan wɔ po bun mu no \q2 sɛnea wɔn a wɔagye wɔn no betumi atwa? \q1 \v 11 Wɔn a \nd Awurade\nd* apata ama wɔn bɛsan aba. \q2 Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion; \q2 anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotiri, \q1 anigye ne ahosɛpɛw bɛboro wɔn so, \q2 awerɛhow ne apinisi betu ayera. \b \q1 \v 12 “Me, me ara, mene wo werɛkyekyefo. \q2 Hena ne wo a wusuro ɔdesani, \q2 nnipa mma a wɔyɛ sare yi. \q1 \v 13 Na wo werɛ afi \nd Awurade\nd*, wo yɛfo \q2 nea ɔtrɛw ɔsorosoro mu \q2 na ɔhyɛɛ asase ase no, \q1 a da biara na woabɔ hu \q2 ɔhyɛsoni no abufuw nti, \q2 nea ɔde ɔsɛe asi nʼani so no ana? \q1 Na ɔhyɛsoni no abufuw wɔ he? \q2 \v 14 Ɛrenkyɛ, wobegyaa nneduafo ahufo no; \q1 wɔrenwuwu wɔ afiase amoa mu, \q2 na aduan remmɔ wɔn. \q1 \v 15 Na mene \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn \q2 nea ɔhwanyan po, ma nʼasorɔkye woro so. \q2 Asafo \nd Awurade\nd* ne ne din. \q1 \v 16 Mede me nsɛm ahyɛ wʼanom, \q2 na mede me nsa ase nwini akata wo so. \q1 Me a mede ɔsorosoro sii hɔ \q2 na mehyɛɛ asase ase, \q1 na meka kyerɛ Sion se, ‘Moyɛ me nkurɔfo.’ ” \s1 \nd Awurade\nd* Abufuwhyew Kuruwa No \q1 \v 17 Nyan, nyan! \q2 Sɔre, Yerusalem! \q1 Wo a woanom afi \nd Awurade\nd* nsam \q2 nʼabufuw kuruwa no, \q1 wo a woanom apɔɔdɔ mu nsa atu puw \q2 nea ɛma nnipa tɔ ntintan no. \q1 \v 18 Ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa no \q2 obiara nni hɔ a ɔkyerɛ no kwan; \q1 mma a ɔtetew wɔn nyinaa no \q2 obiara nni hɔ a oso ne nsa mu. \q1 \v 19 Saa ɔhaw prenu yi aba wo so, \q2 hena na ɔbɛkyekye wo werɛ? \q1 Nnwiriwii ne ɔsɛe, ɔkɔm ne afoa, \q2 hena na ɔbɛhyɛ wo den? \q1 \v 20 Wo mma atotɔ beraw; \q2 wɔdeda mmɔnten so baabiara, \q2 te sɛ ɔtwe a afiri ayi no. \q1 \nd Awurade\nd* abufuw aba wɔn so, \q2 wo Nyankopɔn animka no. \b \q1 \v 21 Enti tie eyi, wo a worehu amane \q2 woabow, nanso ɛnyɛ nsa na abow wo. \q1 \v 22 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se, \q2 wo Nyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban: \q1 Hwɛ, magye afi wo nsa mu, \q2 kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no, \q1 kuruwa a ɛyɛ mʼabufuw pɔɔdɔ no, \q2 worennom bio. \q1 \v 23 Mede bɛhyɛ wɔn a wɔhaw mo no nsa mu, \q2 wɔn a wɔka kyerɛɛ mo se, \q2 “Butuw fam na yɛnnantew wo so \q1 na wode wʼakyi yɛɛ fam, \q2 te sɛ abɔnten sɛ wɔnnantew so no.” \b \b \c 52 \q1 \v 1 Nyan, nyan, Sion, \q2 hyɛ ahoɔden adurade no. \q1 Hyɛ wo ntade fɛɛfɛ no \q2 Yerusalem kuropɔn kronkron no. \q1 Momonotofo ne wɔn a wɔn ho agu fi \q2 renwura wʼapon mu bio. \q1 \v 2 Poroporow wo ho mfutuma. \q2 Sɔre, tena ahengua so, Yerusalem. \q1 Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no fi wo kɔn mu, \q2 Ɔbabea Sion a wɔafa wo nnommum. \p \v 3 Na sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “Wɔantɔn wo annye hwee, \q2 na ɛnyɛ sika na wɔde begye wo.” \p \v 4 Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: \q1 “Bere bi me nkurɔfo kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; \q2 akyiri no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so. \p \v 5 “Na mprempren dɛn na mewɔ wɔ ha?” Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. \q2 “Wɔafa me nkurɔfo kɔ kwa, \q1 na wɔn sodifo di fɛw,” \q2 \nd Awurade\nd* na ose. \q1 “Da mu no nyinaa \q2 wɔkɔ so gu me din ho fi. \q1 \v 6 Enti me nkurɔfo behu me din; \q2 enti da no wobehu sɛ \q1 ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. \q2 Yiw, ɛyɛ me.” \b \q1 \v 7 Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde asɛmpa no reba \q2 anammɔn si yɛ fɛ wɔ mmepɔw no so, \q1 wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, \q2 wɔn a wɔbɔ amanneɛdɛ, \q1 wɔn a wɔpae mu ka nkwagye ho asɛm \q2 na wɔka kyerɛ Sion se, \q2 “Mo Nyankopɔn di hene.” \q1 \v 8 Muntie! Mo awɛmfo ma wɔn nne so; \q2 wɔbɔ mu de anigye teɛ mu. \q1 Sɛ \nd Awurade\nd* san ba Sion a, \q2 wɔde wɔn ani behu. \q1 \v 9 Mommɔ mu ntue anigye nnwonto, \q2 mo Yerusalem nnwiriwii, \q1 efisɛ, \nd Awurade\nd* akyekye ne nkurɔfo werɛ \q2 wagye Yerusalem. \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* beyi ne basa kronkron no ho \q2 wɔ amanaman nyinaa anim \q1 na asase ano nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye. \q1 \v 11 Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ! \q2 Mommfa mo ho nnka biribiara a ho ntew. \q1 Mumfi ho na mo ho ntew, \q2 mo a mukurakura \nd Awurade\nd* nkuruwa. \q1 \v 12 Morentutu mmirika mfi ha \q2 anaa morenguan; \q1 efisɛ \nd Awurade\nd* bedi mo anim, \q2 Israel Nyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm. \s1 Ɔsomfo No Amanehunu Ne Nʼanuonyam \q1 \v 13 Hwɛ, me somfo bedi yiye \q2 wɔbɛma no so ayɛ no ɔkɛse. \q1 \v 14 Nea ɛmaa dodow a wohuu no ho dwiriw wɔn no, \q2 wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara de \q2 na nʼabɔsu sɛe a ɛnsɛ ɔdesani de, \q1 \v 15 saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiriw wɔn \q2 na ahemfo bemuamua wɔn ano, ne nti. \q1 Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, \q2 na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase. \b \c 53 \q1 \v 1 Hena na wagye yɛn asɛm no adi? \q2 na \nd Awurade\nd* abasa no, hena so na ada adi? \q1 \v 2 Onyin wɔ nʼanim te sɛ dua amono ketewa bi, \q2 te sɛ ntin a efi asase wosee mu. \q1 Onni ahoɔfɛ anaa anuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. \q2 Ne tebea mu nni biribiara a ɛbɛma yɛapɛ no. \q1 \v 3 Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no, \q2 Ɔwerɛhowni a onim ɔyaw. \q1 Te sɛ obi a nnipa de wɔn anim hintaw no \q2 wobuu no animtiaa na yɛammu no. \b \q1 \v 4 Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ, \q2 na ɔsoaa yɛn awerɛhow, \q1 nanso yebuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. \q2 Yebuu no sɛ, Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no. \q1 \v 5 Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no, \q2 yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no; \q1 asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so, \q2 na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa. \q1 \v 6 Yɛn nyinaa ayerayera te sɛ nguan, \q2 yɛn mu biara afa ne kwan; \q1 na \nd Awurade\nd* de yɛn nyinaa \q2 amumɔyɛ ato no so. \b \q1 \v 7 Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no ayayade, \q2 nanso wammue nʼano; \q1 wɔde no kɔɔ te sɛ oguamma a wɔrekokum no. \q2 Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no, \q2 saa ara na wammue nʼano. \q1 \v 8 Wɔnam nhyɛso ne atemmu so faa no kɔe. \q2 Na hena na obetumi aka nʼasefo ho asɛm? \q1 Efisɛ woyii no fii asase yi so; \q2 me nkurɔfo mmarato nti wɔtwee nʼaso. \q1 \v 9 Wɔyɛɛ ne da wɔ abɔnefo mu, \q2 na ne wu mu wɔde no too adefo mu \q1 ɛwɔ mu, wanyɛ akakabensɛm biara, \q2 na obiara ante atosɛm biara amfi nʼano. \b \q1 \v 10 Nanso ɛyɛɛ \nd Awurade\nd* pɛ sɛ ɔbɛdwerɛw no ama no ahu amane \q2 mpo ɔde ne nkwa yɛ afɔdi afɔrebɔde, \q1 obehu nʼasefo na ne nna bɛware, \q2 na \nd Awurade\nd* pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam. \q1 \v 11 Ne kra amanehunu akyi, \q2 obehu nkwa hann, na ne koma atɔ ne yam; \q1 na ne suahu mu me somfo treneeni no bebu bebree bem, \q2 na wasoa wɔn amumɔyɛ. \q1 \v 12 Enti mɛma no kyɛfa wɔ atitiriw mu, \q2 na ɔne ahoɔdenfo bɛkyɛ asade \q1 efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owu, \q2 na wɔkan no fraa mmaratofo. \q1 Ɔsoaa nnipa bebree bɔne, \q2 na odi maa mmaratofo. \c 54 \s1 Sion Daakye Anuonyam \q1 \v 1 “To nnwom, obonin, \q2 wo a wonwoo da; \q1 pae mu to nnwom, teɛ mu di ahurusi, \q2 wo a awo nkaa wo da; \q1 efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma \q2 dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu,” \q2 \nd Awurade\nd* na ose. \q1 \v 2 “Trɛw wo ntamadan no mu; \q2 twe wo ntamadan ntwamu no mu, \q2 nnyae yɛ; \q1 toa wo ntampehama no so, \q2 bobɔ wo nnyinaso no so ma entim yiye. \q1 \v 3 Efisɛ wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum; \q2 wʼasefo begye aman afa \q2 na wɔatena wɔn nkuropɔn amamfo so. \b \q1 \v 4 “Nsuro; wʼanim rengu ase. \q2 Nsuro aniwu; wɔremmrɛ wo ase. \q1 Wo werɛ befi wo mmabun mu aniwu \q2 na wo kunayɛ mu ahohora nso worenkae bio. \q1 \v 5 Na wo Bɔfo yɛ wo kunu \q2 Asafo \nd Awurade\nd* ne ne din, \q1 Israel Kronkronni no yɛ wo Gyefo. \q2 Wɔfrɛ no asase nyinaa so Nyankopɔn. \q1 \v 6 \nd Awurade\nd* bɛsan afrɛ wo \q2 te sɛ ɔyere a woagyaa no na odi yaw wɔ ne koma mu, \q1 ɔyere a ɔwaree mmabaabere mu \q2 na wogyaa no mpofirim,” wo Nyankopɔn na ose. \q1 \v 7 “Migyaw wo bere tiaa bi mu, \q2 nanso mifi ayamhyehye a mu dɔ mu bɛsan de wo aba. \q1 \v 8 Abufuw mmoroso mu, \q2 mede mʼani hintaw wo mmere tiaa bi, \q1 nanso mʼayamye a ɛnsa da nti, \q2 mehu wo mmɔbɔ,” \q2 nea \nd Awurade\nd*, wo Gyefo se ni. \b \q1 \v 9 “Eyi te sɛ Noa mmere so a mekaa ntam se \q2 meremma nsuyiri nkata asase ani bio. \q1 Enti afei maka ntam se meremma me bo mfuw wo bio, \q2 na merenka wʼanim bio. \q1 \v 10 Sɛ mmepɔw wosow, \q2 na nkoko tutu a, \q1 me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim \q2 na mʼasomdwoe apam no rentwa mu,” \q2 sɛɛ na \nd Awurade\nd* a ɔwɔ ahummɔbɔ ma mo no se. \b \q1 \v 11 “Kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ ɛ, \q2 mede abo anintɔnka besiesie wo, \q2 na mede aboɔdemmo bibiri ayɛ wo fapem. \q1 \v 12 Mede bogyabo bɛto wʼabantifi afasu, \q2 na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapon, \q2 na mede aboɔdemmo ayɛ wʼafasu nyinaa. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* bɛkyerɛkyerɛ wo mmabarima nyinaa, \q2 na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso. \q1 \v 14 Wubetim wɔ trenee mu: \q1 Wo ne nhyɛsotraso ntam kwan bɛware \q2 worensuro biribiara. \q1 Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri, \q2 na ɛremmɛn wo. \q1 \v 15 Sɛ obi tow hyɛ wo so a, na emfi me; \q2 na nea ɔtow hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo. \b \q1 \v 16 “Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfo \q2 a ofita nnyansramma mu ma ɛdɛw \q2 na ɔde ahoɔden bɔ akode a ɛfata ne dwumadi. \q1 Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefo sɛ ɔmmɛsɛe ade; \q2 \v 17 akode biara a wɔabɔ atia wo no rennyina \q2 na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo sobo no wobɛbɔ agu. \q1 Eyi ne \nd Awurade\nd* nkoa agyapade, \q2 ne wɔn bembu a efi me,” \q2 \nd Awurade\nd* na ose. \c 55 \s1 Osukɔm Ho Ɔfrɛ \q1 \v 1 “Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa, \q2 mommra nsu no ho; \q1 na mo a munni sika, \q2 mommra mmɛtɔ na munni! \q1 Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu \q2 a munntua hwee. \q1 \v 2 Adɛn nti na mosɛe sika wɔ nea ɛnyɛ aduan ho \q2 ne mo ahoɔden wɔ nea ɛmmee ho? \q1 Muntie, muntie me na munni nea eye, \q2 na mo kra ani begye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho. \q1 \v 3 Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; \q2 muntie me, na mo kra anya nkwa. \q1 Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, \q2 me dɔ a to ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no. \q1 \v 4 Hwɛ, mede no ayɛ adansedi ama nnipa no, \q2 wɔn kannifo ne ɔsahene. \q1 \v 5 Ampa ara mobɛfrɛ aman a munnim wɔn, \q2 na aman a munnim no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, \q1 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn nti, \q2 Israel Ɔkronkronni no, \q2 efisɛ wahyɛ mo anuonyam.” \b \q1 \v 6 Monhwehwɛ \nd Awurade\nd* bere a mubehu no. \q2 Momfrɛ no bere a ɔbɛn. \q1 \v 7 Ma omumɔyɛfo ntwe ne ho mfi nʼakwan ho \q2 na ɔbɔnefo nso mfi ne nsusuwii ho. \q1 Ma ɔnnan nkɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ, \q2 ɔnnan nkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no. \b \q1 \v 8 “Na mʼadwene nyɛ mo adwene, \q2 na mo akwan nso nyɛ mʼakwan,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 \v 9 Sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no, \q2 saa ara na mʼakwan korɔn sen mo akwan \q2 na mʼadwene nso korɔn sen mo adwene. \q1 \v 10 Sɛnea osu ne sukyerɛmma \q2 tɔ fi soro gu fam, \q1 na wɔnnsan nkɔ hɔ bio \q2 wɔ bere a ɛmfɔw asase \q1 mma enguu nhwiren mpaee, \q2 sɛnea ɛbɛsow aba ama ogufo ne aduan ama odifo no, \q1 \v 11 saa ara na mʼasɛm a efi mʼanom no te: \q2 Ɛrensan mma me nkyɛn kwa. \q1 Mmom ɛbɛyɛ nea mepɛ \q2 na awie botae a ɛno nti mesomaa no. \q1 \v 12 Mode ahosɛpɛw bepue \q2 na wɔagya mo kwan asomdwoe mu; \q1 mmepɔw ne nkoko \q2 betue nnwonto wɔ mo anim, \q1 na mfuw so nnua nyinaa \q2 bɛbɔ wɔn nsam. \q1 \v 13 Nsɔe anan mu ɔpepaw befifi, \q2 na nnɛnkyɛnse anan mu ohuam dua befifi. \q1 Eyi bɛyɛ nea ɛhyɛ \nd Awurade\nd* anuonyam, \q2 ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnne, \q2 a ɛrentwa mu da. \c 56 \s1 Afoforo Nkwagye \p \v 1 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “Monkɔ so mmu atɛntrenee \q2 na monyɛ nea eye, \q1 efisɛ me nkwagye abɛn \q2 na ɛrenkyɛ me trenee bɛda adi. \q1 \v 2 Nhyira nka onipa a ɔyɛ eyi, \q2 onipa a okura mu dennen, \q1 nea ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron, \q2 na ɔkame ne ho fi bɔneyɛ ho.” \q1 \v 3 Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama \nd Awurade\nd* nka se, \q2 “Ampa ara \nd Awurade\nd* renkan me mfra ne nkurɔfo mu.” \q1 Na piamni biara nso nwiinwii sɛ, \q2 “Meyɛ duwui.” \p \v 4 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 “Piamfo a wɔkae me homenna, \q1 wɔn a wɔyɛ nea ɛsɔ mʼani \q2 na wokura mʼapam mu dennen, \q1 \v 5 mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ho afasu no \q2 nkae ade ne din a, \q2 ɛkyɛn mmabarima ne mmabea; \q1 mɛma wɔn din a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ \q2 din a ɛrentwa mu. \q1 \v 6 Na ananafo a wɔde wɔn ho bata \nd Awurade\nd* ho \q2 sɛ wɔbɛsom no, \q1 sɛ wɔbɛdɔ \nd Awurade\nd* din, \q2 na wɔasɔre no, \q1 wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa \q2 na wokura mʼapam mu dennen, \q1 \v 7 eyinom na mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no so \q2 na mama wɔn anigye wɔ me mpaebɔfi. \q1 Wɔn ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ ahorow no \q2 megye wɔ mʼafɔremuka so; \q1 na wɔbɛfrɛ me fi \q2 aman nyinaa mpaebɔfi.” \q1 \v 8 Otumfo \nd Awurade\nd*, \q2 nea ɔboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu ano no ka se: \q1 “Mɛkɔ so aboaboa afoforo ano aka wɔn ho \q2 aka wɔn a maboa wɔn ano dedaw no ho.” \s1 Onyankopɔn Sobo A Etia Amumɔyɛfo \q1 \v 9 Mommra, mo wuram mmoadoma nyinaa, \q2 mummedidi, mo kwae mu mmoa nyinaa! \q1 \v 10 Israel awɛmfo yɛ anifuraefo, \q2 wɔn mu biara nni nimdeɛ; \q1 wɔn nyinaa yɛ akraman mum, \q2 wontumi mmobɔ mu; \q1 wɔdeda hɔ na wɔsoso dae, \q2 nna yɛ wɔn dɛ. \q1 \v 11 Wɔyɛ akraman a wɔpɛ aduan yiye; \q2 wonnidi mmee da. \q1 Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni ntease; \q2 wɔn nyinaa fa wɔn kwan, \q2 obiara pɛ nʼankasa mfaso. \q1 \v 12 “Mommra,” obiara teɛ mu se, “momma me nsa! \q2 Momma yɛnnom bobesa mmow! \q1 Na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, \q2 ebia ɛbɛsen nnɛ koraa.” \b \b \c 57 \q1 \v 1 Atreneefo wu, \q2 na obiara nnwen ho wɔ ne koma mu; \q1 wɔfa nyamesurofo kɔ, \q2 na obiara nte ase \q1 sɛ wɔfa atreneefo kɔ \q2 sɛnea wobeyi wɔn afi bɔne mu. \q1 \v 2 Wɔn a wɔnantew tee no \q2 wɔhyɛn asomdwoe mu; \q2 wonya ahomegye bere a wɔadeda sɛ awufo. \q1 \v 3 “Nanso mo, mommra ha, mo ɔbayifo mma, \q2 mo nguaman ne mmea nguamanfo mma! \q1 \v 4 Hena na moreserew no? \q2 Hena na moredi ne ho fɛw \q2 na morebɔ no adapaa yi? \q1 Monnyɛ atuatewfo fekuw \q2 ne atorofo asefo ana? \q1 \v 5 Mode ɔpɛ mmoroso bɔ afɔre wɔ adum mu \q2 ne dua biara a adennan ase; \q1 mode mo mma bɔ afɔre wɔ aku a mu dɔ mu \q2 ne abotan mpaapae ase. \q1 \v 6 Anyame a wɔyɛ abo trontrom, a ɛwɔ aku a mu dɔ mu no, \q2 wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. \q1 Yiw, moahwie nsa afɔrebɔde agu wɔn so \q2 na mode aduan afɔrebɔde ama wɔn. \q2 Eyinom nyinaa akyi, mingow me nsam ana? \q1 \v 7 Moasiesie mo nnabea wɔ koko a ɛkorɔn so; \q2 ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔre. \q1 \v 8 Mo apon ne apongua akyi \q2 na mo de mo abosonsom nsɛsode asisi. \q1 Mufii mʼakyi koyii mo mpa so ntama, \q2 mokɔdaa so na motrɛw mu; \q1 mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam, \q2 na mohwɛɛ wɔn adagyaw mu. \q1 \v 9 Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn \q2 na momaa mo nnuhuam dɔɔso. \q1 Mosomaa mo ananmusifo kɔɔ akyirikyiri; \q2 mosian kɔɔ ɔda mu ankasa! \q1 \v 10 Mo nneyɛe maa mo ɔbrɛ, \q2 nanso moanka da se, ‘Yenni anidaso.’ \q1 Mopɛɛ ahoɔden foforo \q2 enti moantɔ piti. \b \q1 \v 11 “Hena na wama mo koma atu na wabɔ mo hu sɛɛ \q2 a enti moanni me nokware, \q1 na moankae me \q2 anaa moannwene eyi ho wɔ mo koma mu yi? \q1 So ɛnyɛ komm a mayɛ akyɛ no nti \q2 na munsuro me no ana? \q1 \v 12 Mɛda mo trenee ne mo nnwuma adi, \q2 na so remma mo mfaso. \q1 \v 13 Sɛ moteɛ mu pɛ mmoa a, \q2 momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo! \q1 Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ, \q2 home kɛkɛ bɛfa wɔn. \q1 Nanso onipa a ɔde me yɛ ne guankɔbea no \q2 bedi asase no so \q2 na wafa me bepɔw kronkron no.” \s1 Koma A Abubu No Awerɛkyekye \q1 \v 14 Na wɔbɛka se: \q1 “Monyɛ, monyɛ, munsiesie ɔkwan no! \q2 Munyiyi akwanside mfi me nkurɔfo akwan mu.” \q1 \v 15 Na oyi ne nea ɔkorɔn no, \q2 nea ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no se: \q1 “Mete beae a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, \q2 mene nea ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, \q1 sɛ mɛkanyan honhom mu hiani no honhom, \q2 na makanyan ne koma a abubu no. \q1 \v 16 Meremmɔ sobo afebɔɔ, \q2 na me bo remfuw daa, \q1 sɛ anyɛ saa a onipa honhom bɛtɔ beraw wɔ mʼanim, \q2 onipa ahome a me na mabɔ no. \q1 \v 17 Ne nnebɔne adifudepɛ maa me bo fuwii; \q2 metwee nʼaso, na mede abufuw yii mʼani, \q2 nso ɔkɔɔ so yɛɛ nea ne koma pɛ. \q1 \v 18 Mahu ne nneyɛe, nanso mɛsa no yare. \q2 Mɛkyerɛ no kwan na makyekye ne werɛ, \q2 \v 19 na mama ayeyi aba wɔn a wɔredi awerɛhow wɔ Israel no ano. \q1 Asomdwoe, asomdwoe mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,” \q2 sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. “Na mɛsa wɔn yare.” \q1 \v 20 Na amumɔyɛfo te sɛ po a ɛrehuru, \q2 entumi nyɛ komm, \q2 nʼasorɔkye yiyi dontori ne fi. \q1 \v 21 “Amumɔyɛfo nni asomdwoe.” Sɛɛ na me Nyankopɔn se. \c 58 \s1 Nokware Mmuadadi \q1 \v 1 “Monteɛ mu dennen, monnnyae. \q2 Momma mo nne so sɛ torobɛnto. \q1 Mompae mu nka me nkurɔfo atuatew nkyerɛ wɔn \q2 na monka Yakobfi nso nnebɔne nkyerɛ no. \q1 \v 2 Da biara da wɔhwehwɛ me; \q2 ayɛ sɛ wɔpere sɛ wobehu mʼakwan, \q1 te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ nea ɛteɛ \q2 na wɔmpoo ne Nyankopɔn ahyɛde. \q1 Wobisa me hɔ gyinae a ɛteɛ \q2 na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn. \q1 \v 3 Wɔka se, ‘Adɛn nti na yɛadi mmuada \q2 na woanhu yi? \q1 Adɛn nti na yɛabrɛ yɛn ho ase, \q2 na woanhwɛ yi?’ \b \q1 “Nanso mo mmuada da no, moyɛ nea mopɛ \q2 na musisi mo adwumayɛfo nyinaa. \q1 \v 4 Ntɔkwaw ne akasakasa na mode wie mo mmuadadi, \q2 ne akuturuku a mode bobɔ mo ho. \q1 Morentumi nni mmuada sɛnea moyɛ no nnɛ yi \q2 na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ ɔsoro. \q1 \v 5 Eyi ne mmuadadi a mepɛ ana? \q2 Da koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no ana? \q1 Ɛne sɛ obi si ne ti ase te sɛ mfea \q2 na ɔtena atweaatam so ne nsõ mu nko ara ana? \q1 Eyi na mofrɛ no mmuadadi, \q2 da a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani yi ni ana? \b \q1 \v 6 “Saa mmuadadi yi na mepɛ: \q2 sɛ mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔn \q1 na moasan konnua ahama, \q1 sɛ mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so \q2 na moabubu konnua biara. \q1 \v 7 So ɛnsɛ sɛ mo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn kyɛ mo aduan \q2 na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena; \q1 na muhu nea ɔda adagyaw a mumfura no ntama \q2 na munnyi mo ani mfi mo ankasa mo nkurɔfo ne mo abusuafo so ana? \q1 \v 8 Ɛno na mo hann bepue te sɛ ahemadakye, \q2 na mo ayaresa aba ntɛm so; \q1 afei mo trenee bedi mo anim, \q2 na \nd Awurade\nd* anuonyam bɛbɔ mo kyidɔm. \q1 \v 9 Afei mobɛfrɛ, na \nd Awurade\nd* begye mo so; \q2 mobɛteɛ mu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka se: Mini. \b \q1 “Sɛ muyi nhyɛso konnua, \q2 nsa a moteɛ wɔ nnipa so ne ntwatoso fi hɔ, \q1 \v 10 na sɛ mohaw mo ho ma wɔn a ɔkɔm de wɔn \q2 na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nea ehia wɔn a, \q1 ɛno de, mo akanea bɛhyerɛn wɔ sum mu, \q2 na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinae. \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* bɛkyerɛ mo kwan bere biara; \q2 ɔbɛma mo nea ehia mo wɔ asase wosee so \q2 na ɔbɛhyɛ mo nipadua den. \q1 Mobɛyɛ sɛ turo a wogugu so nsu yiye, \q2 sɛ asuwa a mu nsu nyow da. \q1 \v 12 Mo nkurɔfo bɛsan asi teteete nnwiriwii no, \q2 na wɔato fapem a akyɛ no; \q1 wɔbɛfrɛ mo Nea Osiesie Afasu a Abubu no, \q2 Nea Ogye Atenae Si Hɔ. \b \q1 \v 13 “Sɛ mohwɛ mo anammɔntu so yiye Homeda \q2 na moanyɛ nea mopɛ wɔ me da kronkron no, \q1 sɛ mofrɛ Homeda no anigye da \q2 na mudi \nd Awurade\nd* da kronkron no ni \q1 na moamfa mo ara mo akwan so \q2 na moanyɛ nea mopɛ anaa moanka nsɛnhunu a, \q1 \v 14 ɛno de mubenya anigye wɔ \nd Awurade\nd* mu \q2 na mɛma mo anantew asase no sorɔnsorɔmmea so \q1 na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapade so.” \q2 \nd Awurade\nd* na waka. \c 59 \s1 Bɔne, Bɔneka Ne Ogye \q1 \v 1 Ampa ara \nd Awurade\nd* nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa, \q2 na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm. \q1 \v 2 Nanso mo amumɔyɛ na atetew \q2 mo ne mo Nyankopɔn ntam; \q1 mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo, \q2 a enti ɔrente. \q1 \v 3 Na mogya akeka mo nsa ho, \q2 afɔdi asra mo nsateaa ho. \q1 Mo ano akeka atosɛm, \q2 mo tɛkrɛma de amumɔyɛsɛm di nseku. \q1 \v 4 Obiara nhwehwɛ atɛntrenee; \q2 obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow. \q1 Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo; \q2 wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne. \q1 \v 5 Wosow nhurutoa nkesua \q2 na wɔnwen ananse ntontan. \q1 Nea odi wɔn nkesua biara bewu, \q2 mu baako nso bɔ a, ɛpae ahurutoa. \q1 \v 6 Wɔn ntontan nye mma adurade; \q2 wɔrentumi mfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho. \q1 Wɔn nneyɛe yɛ nneyɛe bɔne, \q2 na wodi akakabensɛm. \q1 \v 7 Wotu mmirika kɔyɛ bɔne; \q2 wɔnkyɛ opira ne awudi ho. \q1 Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa. \q1 \v 8 Asomdwoe kwan no, wonnim; \q2 atɛntrenee nni wɔn akwan so. \q1 Wɔadan wɔn akwan kɔntɔnkye \q2 obiara a ɔnantew so no rennya asomdwoe. \b \q1 \v 9 Enti atɛntrenee ne yɛn ntam aware, \q2 na adetrenee mmɛn yɛn. \q1 Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ sum; \q2 nea ɛhyerɛn, nanso yɛnam sum kabii mu. \q1 \v 10 Te sɛ anifuraefo no, yɛkeka wɔ afasu ho \q2 hwehwɛ ɔkwan te sɛ nnipa a wonni ani. \q1 Owigyinae no yehintihintiw sɛnea onwini adwo; \q2 yedu ahoɔdenfo mu a yɛte sɛ awufo. \q1 \v 11 Yɛn nyinaa woro so te sɛ sisi; \q2 yɛde awerɛhow kurum sɛ mmorɔnoma. \q1 Yɛhwehwɛ atɛntrenee nso yenhu bi; \q2 ogye, nanso ɛwɔ akyirikyiri. \b \q1 \v 12 Efisɛ, yɛn mfomso adɔɔso wɔ wʼani so, \q2 na yɛn bɔne di adanse tia yɛn. \q1 Yɛn mfomso da yɛn anim daa, \q2 na yegye yɛn amumɔyɛ to mu: \q1 \v 13 atuatew ne nkontompo a etia \nd Awurade\nd*, \q2 yɛn akyi a yɛdan kyerɛ yɛn Nyankopɔn, \q1 nhyɛso ne atuatew a yɛfoa so, \q2 atosɛm a efi koma mu a yɛka. \q1 \v 14 Enti wɔapam atɛntrenee kɔ nʼakyi, \q2 na adetrenee akogyina baabi; \q1 nokware ahwe ase wɔ mmɔnten so \q2 nokwaredi ntumi mma mu. \q1 \v 15 Nokware nni baabiara, \q2 obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no bɛyɛ ɔtamfo. \b \q1 \nd Awurade\nd* hwɛe na ansɔ nʼani \q2 sɛ atɛntrenee nni hɔ. \q1 \v 16 Ohuu sɛ obiara nni hɔ, \q2 ɛyɛɛ no nwonwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; \q1 enti ɔno ankasa basa dii nkwagye ho dwuma maa no, \q2 na ne trenee wowaw no. \q1 \v 17 Ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo, \q2 ne nkwagye dadekyɛw wɔ ne ti so. \q1 Ɔhyɛɛ aweretɔ ntade \q2 na ofuraa mmɔdemmɔ sɛ ntama. \q1 \v 18 Obegyina nea wɔayɛ so \q2 atua so ka \q1 nʼatamfo benya nʼabufuwhyew \q2 wɔn a wɔne no ayɛ dɔm benya so akatua; \q2 nsupɔw no nso obetua wɔn ka sɛnea ɛfata wɔn. \q1 \v 19 Efi atɔe fam, nnipa besuro \nd Awurade\nd* din \q2 na efi apuei, wɔde nidi bɛma nʼanuonyam. \q1 Na ɔbɛba sɛ asu a ayiri tɛnn \q2 na \nd Awurade\nd* ahomegu repia no. \b \q1 \v 20 “Ogyefo no bɛba Sion, \q2 na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu,” \q2 sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. \p \v 21 “Me de, eyi yɛ me ne wɔn apam,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem,” sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. \c 60 \s1 Sion Anuonyam \q1 \v 1 “Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, \q2 na \nd Awurade\nd* anuonyam apue wo so. \q1 \v 2 Hwɛ, sum akata asase so \q2 na sum kabii akata aman no so, \q1 nanso \nd Awurade\nd* apue wo so \q2 na nʼanuonyam ada adi wɔ wo so. \q1 \v 3 Amanaman bɛba wo hann no mu, \q2 na Ahemfo bɛba wo adekyee hann no mu. \b \q1 \v 4 “Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: \q2 wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; \q1 wo mmabarima fifi akyirikyiri, \q2 na wokura wo mmabea wɔ abasa so. \q1 \v 5 Afei wobɛhwɛ na wʼanim atew, \q2 wo koma bɛbɔ na anigye ahyɛ no ma; \q1 ahonya a ɛwɔ po so, wɔde bɛbrɛ wo, \q2 na amanaman no ahode nso bɛba wo nkyɛn. \q1 \v 6 Yoma akuwakuw bɛyɛ wʼasase so ma, \q2 yomaforo a wufi Midian ne Efa. \q1 Na wɔn a wofi Seba nyinaa bɛba, \q2 wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhuam \q2 na wɔpae mu ka \nd Awurade\nd* ayeyi. \q1 \v 7 Wɔbɛboaboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo, \q2 Nebaiot adwennini bɛsom wo; \q1 wobegye wɔn sɛ afɔrebɔde wɔ mʼafɔremuka so, \q2 na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no anuonyam. \b \q1 \v 8 “Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, \q2 te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn berebuw mu yi? \q1 \v 9 Ampa ara asupɔw no ani da me so; \q2 Tarsis ahyɛn na wodi anim, \q1 wɔde wo mmabarima fifi akyirikyiri reba, \q2 wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ, \q1 de rebɛhyɛ \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn anuonyam, \q2 Israel Kronkronni No, \q2 efisɛ wahyɛ wo anuonyam. \b \b \q1 \v 10 “Ananafo bɛto wʼafasu no bio, \q2 na wɔn ahemfo bɛsom wo. \q1 Ɛwɔ mu, mede abufuw asɛe wo de, \q2 nanso menam adom so behu wo mmɔbɔ. \q1 \v 11 Wo apon ano bɛdeda hɔ bere biara, \q2 wɔrentoto mu awia anaa anadwo, \q1 sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, \q2 wɔn ahemfo dii nkonimdi santen no anim. \q1 \v 12 Na ɔman anaa ahenni a wɔrensom wo no bɛyera, \q1 wɔbɛsɛe no pasaa. \b \q1 \v 13 “Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn, \q2 ɔpepaw, ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔre bɛbɔ mu, \q1 abesiesie me kronkronbea hɔ; \q2 na mɛhyɛ beae a me nan sisi no anuonyam. \q1 \v 14 Wo nhyɛsofo mmabarima bɛba abɛkotow wo; \q2 wɔn a wobu wo animtiaa nyinaa bɛkotow wʼanan ase \q1 na wɔbɛfrɛ wo \nd Awurade\nd* Kuropɔn, \q2 Israel Kronkronni, Sion. \b \q1 \v 15 “Ɛwɔ mu, wɔapa wʼakyi atan wo, \q2 a obiara ntu kwan mfa wo mu, \q1 nanso mɛyɛ wo ahohoahoade a ɛte hɔ daa \q2 ne awo ntoatoaso nyinaa anigyede. \q1 \v 16 Wobɛnom amanaman nufusu no \q2 na woanum adehye nufu. \q1 Afei wubehu sɛ me \nd Awurade\nd*, me ne wo Agyenkwa, \q2 wo gyefo, Yakob Tumfo no. \q1 \v 17 Mede sikakɔkɔɔ besi kɔbere anan mu abrɛ wo, \q2 na dwetɛ asi dade anan mu. \q1 Mede kɔbere besi dua anan mu abrɛ wo, \q2 na dade asi abo anan mu. \q1 Mede asomdwoe bɛyɛ wo so amrado \q2 na trenee ayɛ wo sodifo. \q1 \v 18 Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, \q2 anaa nnwiriwii ne ɔsɛe wɔ wʼahye so \q1 mmom wobɛfrɛ wʼafasu se Nkwagye \q2 ne wʼapon se Ayeyi. \q1 \v 19 Owia renyɛ wo hann adekyee mu bio \q2 na ɔsram hann renhyerɛn wo so, \q1 efisɛ \nd Awurade\nd* bɛyɛ wo daapem hann, \q2 na wo Nyankopɔn bɛyɛ wo anuonyam. \q1 \v 20 Wo wia rentɔ bio, \q2 wo sram rennum bio, \q1 \nd Awurade\nd* bɛyɛ wo daapem hann, \q2 na wʼawerɛhownna to betwa. \q1 \v 21 Na afei wo nkurɔfo nyinaa bɛyɛ atreneefo \q2 na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. \q1 Wɔyɛ ade a madua na afefɛw \q2 me nsa ano adwuma a \q2 ɛbɛda mʼanuonyam adi. \q1 \v 22 Mo mu akumaa koraa bɛdɔ ayɛ apem, \q2 na aketewa no ayɛ ɔman kɛse. \q1 Mene \nd Awurade\nd*; \q2 na ne bere mu, mɛyɛ eyi ntɛm so.” \c 61 \s1 \nd Awurade\nd* Adom Afe \q1 \v 1 Otumfo \nd Awurade\nd* Honhom wɔ me so, \q2 efisɛ, wɔafrɛ me \q2 sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. \q1 Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, \q2 se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum \q2 na wonyi nneduafo mfi sum mu, \q1 \v 2 se mempae mu nka \nd Awurade\nd* adom no ho asɛm, \q2 ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da. \q1 Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ, \q2 \v 3 na memma wɔn a wodi awerɛhow wɔ Sion no nea wohia, \q1 na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛ \q2 nsi nsõ anan mu, \q1 anigye ngo \q2 nsi awerɛhowdi anan mu, \q1 ayeyi atade \q2 nsi abasamtu honhom anan mu. \q1 Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adum \q2 nea \nd Awurade\nd* adua \q2 de ada nʼanuonyam adi. \b \q1 \v 4 Wobesi tete mmubui no bio, \q2 na wɔasiesie mmeaemmeae a asɛe dedaada no; \q1 wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛe no foforo \q2 nea asɛe awo ntoatoaso bebree no. \q1 \v 5 Ananafo bɛhwɛ mo nguankuw; \q2 ahɔho bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuw ne bobeturo mu. \q1 \v 6 Na wɔbɛfrɛ mo \nd Awurade\nd* asɔfo, \q2 wɔbɛto mo din sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo. \q1 Amanaman no ahonya no na mubedi \q2 na wɔn ahode na mode bɛhoahoa mo ho. \b \q1 \v 7 Wɔn animguase anan mu \q2 me nkurɔfo benya anuonyam mmɔho, \q1 na ahohora anan mu \q2 wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ wɔn adedi mu; \q1 ne saa nti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, \q2 na anigye a enni awiei bɛyɛ wɔn dea. \b \q1 \v 8 “Na me \nd Awurade\nd*, mepɛ atɛntrenee. \q2 Mikyi korɔn ne nnebɔne. \q1 Me nokware mu, mɛbɔ wɔn aba so \q2 na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa. \q1 \v 9 Wɔn asefo begye din wɔ amanaman no mu \q2 ne wɔn mma wɔ nkurɔfo no mu. \q1 Wɔn a wohu wɔn nyinaa begye ato mu sɛ \q2 wɔyɛ nnipa a \nd Awurade\nd* ahyira wɔn.” \b \q1 \v 10 \nd Awurade\nd* mu na me ho sɛpɛw me mmoroso, \q2 me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi. \q1 Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura me \q2 na ɔde trenee atade yuu awura me, \q1 sɛnea ayeforokunu siesie me ti so sɛ ɔsɔfo, \q2 ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no. \q1 \v 11 Na sɛnea asase ma afifide pue \q2 na turo nso ma aba nyin no, \q1 saa ara na Otumfo \nd Awurade\nd* bɛma trenee ne ayeyi \q2 apue wɔ amanaman anim. \c 62 \s1 Sion Din Foforo \q1 \v 1 Sion nti, merenyɛ komm, \q2 Yerusalem nti, merenyɛ dinn, \q1 kosi sɛ ne trenee bɛhyerɛn sɛ adekyee, \q2 na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn. \q1 \v 2 Amanaman no behu wo trenee, \q2 na ahemfo nyinaa ahu wʼanuonyam; \q1 wɔbɛfrɛ wo din foforo \q2 a \nd Awurade\nd* de bɛto wo no. \q1 \v 3 Wobɛyɛ anuonyam ahenkyɛw wɔ \nd Awurade\nd* nsam, \q2 ne adehye anuonyam abotiri wɔ wo Nyankopɔn nsam. \q1 \v 4 Wɔremfrɛ wo amamfo bio, \q2 anaa wʼasase sɛ amamfo. \q1 Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn \q2 ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefo \q1 efisɛ \nd Awurade\nd* ani begye wo ho, \q2 na ɔbɛware wʼasase. \q1 \v 5 Sɛnea aberante ware ababaa no, \q2 saa ara na wo mmabarima bɛware wo; \q1 sɛ ayeforokunu ani gye nʼayeforo ho no, \q2 saa ara na wo Nyankopɔn ani begye wo ho. \b \q1 \v 6 Mede awɛmfo agyinagyina wʼafasu so, Yerusalem; \q2 wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. \q1 Mo a musu frɛ \nd Awurade\nd* no, \q2 monnhome koraa, \q1 \v 7 na mommma onnye nʼahome kosi sɛ, ɔbɛma Yerusalem atim \q2 na wayɛ no nea asase nyinaa bɛkamfo. \b \q1 \v 8 \nd Awurade\nd* de ne basa nifa aka ntam \q2 ne basa a ɛyɛ den no se, \q1 “Meremfa mo awi \q2 mma mo atamfo sɛ wɔn aduan bio, \q1 na ananafo rennom nsa foforo \q2 a moabrɛ ho no bio; \q1 \v 9 wɔn a wotwa no na wobedi \q2 na wɔakamfo \nd Awurade\nd*, \q1 na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom \q2 wɔ me kronkronbea adiwo.” \b \q1 \v 10 Momfa mu, momfa kuropɔn apon no mu! \q2 Munsiesie ɔkwan no mma nkurɔfo no. \q1 Mompae, mompae ɔtempɔn no! \q2 Munyiyi so abo no. \q1 Munsi frankaa mma amanaman no. \b \q1 \v 11 \nd Awurade\nd* abɔ no dawuru \q2 akosi nsase ano se, \q1 “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se, \q2 ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! \q1 Hwɛ nʼakatua ka ne ho, \q2 na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’ ” \q1 \v 12 Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron, \q2 wɔn a \nd Awurade\nd* Agye Wɔn; \q1 na wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔrehwehwɛ Nʼakyi Kwan, \q2 Kuropɔn a Ɛrenyɛ Amamfo Bio. \c 63 \s1 Onyankopɔn Aweretɔ Ne Ogye Da No \q1 \v 1 Hena ne oyi a ofi Edom reba, \q2 nea ofi Bosra a nkekae kɔkɔɔ wɔ nʼatade mu yi? \q1 Hena ne oyi a wɔahyehyɛ no kɔsɔɔ yi, \q2 a ɔde nʼahoɔden kɛse retutu taataa yi? \b \q1 “Ɛyɛ me a, mekasa wɔ trenee mu, \q2 nea otumi gye nkwa no.” \b \q1 \v 2 Adɛn nti na mo ntade bere kɔɔ, \q2 te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamoa so de yi? \b \q1 \v 3 “Me nko ara atiatia nsakyiamoa so, \q2 na amanaman no mu obiara anka me ho. \q1 Mitiatia wɔn so wɔ mʼabufuw mu \q2 na mimiaa wɔn so wɔ mʼabufuwhyew mu; \q1 wɔn mogya bɔ petee me ntade mu, \q2 maa nkekae yɛɛ mʼadurade nyinaa mu. \q1 \v 4 Na aweretɔda wɔ me koma mu \q2 na me gye afe aba. \q1 \v 5 Mehwɛe, nanso na ɔboafo biara nni hɔ, \q2 ɛyɛɛ me ahodwiriw sɛ obiara anso me mu; \q1 enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyedwuma maa me, \q2 na mʼabufuw wowaw me. \q1 \v 6 Mitiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuw mu; \q2 mema wɔbobowee wɔ mʼabufuwhyew mu \q2 na mihwiee wɔn mogya guu fam.” \s1 Ayeyi Ne Mpaebɔ \q1 \v 7 Mɛka \nd Awurade\nd* ayamye ho asɛm, \q2 ne nneyɛe a enti ɔsɛ ayeyi, \q2 wɔ nea \nd Awurade\nd* ayɛ ama yɛn nyinaa ho \q1 Yiw, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ \q2 ama Israelfifo. \q2 Wɔ nʼayamhyehye ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no nti. \q1 \v 8 Ɔkae se, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfo, \q2 mmabarima a wɔrenni me huammɔ;” \q2 ɛno nti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa. \q1 \v 9 Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso huu amane, \q2 na ɔbɔfo a ɔka ne ho no nso gyee wɔn. \q1 Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ogyee wɔn; \q2 ɔmaa wɔn so na ɔsoaa wɔn \q2 mfe a atwa mu no nyinaa mu. \q1 \v 10 Nanso wɔtew atua \q2 de how ne Honhom Kronkron werɛ. \q1 Enti ɔbɛyɛɛ wɔn tamfo \q2 na ɔno ankasa ko tiaa wɔn. \q1 \v 11 Afei ne nkurɔfo kae tete nna no, \q2 Mose ne ne nkurɔfo nna no. \q1 Ɛhe na nea ɔde wɔn faa po mu no wɔ? \q2 Ɔne ne nguan no hwɛfo no? \q1 Ɛhe na nea ɔmaa ne Honhom Kronkron no \q2 tenaa wɔn mu no wɔ, \q1 \v 12 nea ɔsomaa nʼanuonyam basa a ɛwɔ tumi \q2 sɛ ommegyina Mose nsa nifa so no, \q1 nea ɔpaee asu no mu wɔ wɔn anim, \q2 de gyee din maa ne ho afebɔɔ no, \q1 \v 13 nea odii wɔn anim faa bun mu \q2 sɛnea ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so, \q2 wɔanhintiw; \q1 \v 14 te sɛ anantwi a wɔkɔ sare so, \q2 \nd Awurade\nd* Honhom ma wɔhomee. \q1 Sɛnea wokyerɛɛ wo nkurɔfo kwan \q2 de gyee anuonyam abodin maa wo ho ni. \b \q1 \v 15 Brɛ wʼani ase hwɛ fam \q2 fi wʼahengua a ɛkorɔn, ɛyɛ kronkron na ho wɔ nyam no so. \q1 Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he? \q2 Wɔayi wʼayamhyehye ne wʼahummɔbɔ afi yɛn so. \q1 \v 16 Nanso wo ara wo ne yɛn Agya \q2 ɛwɔ mu, Abraham nnim yɛn \q2 na Israel nso nnye yɛn nto mu de; \q1 nanso wo, \nd Awurade\nd*, wo ne yɛn Agya; \q2 efi tete, wo din ne; Yɛn Gyefo. \q1 \v 17 Adɛn, \nd Awurade\nd*, na woma yɛkwati wʼakwan \q2 na wupirim yɛn koma enti ɛmma yenni wo ni? \q1 San bra, esiane wʼasomfo, \q2 mmusuakuw a wɔyɛ wʼagyapade no nti. \q1 \v 18 Bere tiaa bi mu wo nkurɔfo faa wo kronkronbea \q2 nanso mprempren yɛn atamfo atiatia so. \q1 \v 19 Enti yɛyɛ wo de fi tete, \q2 nanso wɔn de, wunnii wɔn so hene \q2 na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da. \b \b \c 64 \q1 \v 1 Ao, sɛ anka wubesunsuane ɔsorosoro mu, asian aba fam a, \q2 ɛno na anka mmepɔw no ho bɛpopo wɔ wʼanim! \q1 \v 2 Sɛnea ogya ma mmabaa dɛw \q2 na ɛma nsu huru no, \q1 sian bra fam na ma wʼatamfo nhu wo din, \q2 na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim! \q1 \v 3 Na bere a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yɛanhwɛ anim no, \q2 wusian baa fam na mmepɔw no ho popoo wɔ wʼanim. \q1 \v 4 Efi teteete obiara ntee, \q2 entwaa obiara aso mu, \q1 ani biara nhuu Onyankopɔn bi sɛ wo, \q2 nea odi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no no. \q1 \v 5 Woboa wɔn a wɔde anigye yɛ nea ɛteɛ, \q2 wɔn a wɔkae wʼakwan. \q1 Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wɔn no, \q2 wo bo fuwii. \q2 Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa? \q1 \v 6 Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho ntew, \q2 na yɛn trenee nneyɛe nyinaa te sɛ ntamagow fi; \q1 yɛn nyinaa akisa te sɛ ahaban, \q2 na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa. \q1 \v 7 Obiara mmɔ wo din, \q2 na obiara mpere sɛ obeso wo mu; \q1 efisɛ wode wʼanim ahintaw yɛn \q2 na yɛn bɔne nti woama yɛasɛe. \q1 \v 8 Nanso wo, \nd Awurade\nd*, ne yɛn Agya. \q2 Yɛyɛ dɔte, na wo ne ɔnwemfo no; \q2 yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma. \q1 \v 9 Mma wo bo mfuw ntra so, \nd Awurade\nd*; \q2 nkae yɛn bɔne da biara da. \q1 Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo, \q2 efisɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfo. \q1 \v 10 Wo nkuropɔn kronkron no adan nweatam; \q2 Sion mpo ayɛ nweatam, Yerusalem ada mpan. \q1 \v 11 Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ anuonyam, faako a yɛn nenanom yii wo ayɛ no, \q2 wɔde ogya ahyew, \q2 na nea ɛsom bo ma yɛn no, abubu. \q1 \v 12 Eyi nyinaa akyi, \nd Awurade\nd*, wode wo ho bɛkame yɛn ana? \q2 Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so ana? \c 65 \s1 Atemmu Ne Nkwagye \q1 \v 1 “Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase; \q2 wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me. \q1 Ɔman a wonsu mfrɛ me no, \q2 meka kyerɛɛ wɔn se, ‘Mini, Mini.’ \q1 \v 2 Da mu nyinaa, matrɛw me nsa mu ama \q2 nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano, \q1 a wɔnenam akwammɔne so, \q2 na wodi wɔn ankasa nsusuwii akyi. \q1 \v 3 Nnipa a daa no woyi me ahi \q2 wɔ mʼanim pɛɛ, \q1 wɔbɔ afɔre wɔ nturo mu \q2 na wɔhyew nnuhuam wɔ ntayaa afɔremuka so; \q1 \v 4 wɔn a wɔtenatena nna so \q2 na anadwo wosii pɛ kokoa mu; \q1 wɔwe mprakonam \q2 na wɔn nkutu mu wɔ nkwan a wɔde nam a ɛho ntew ayɛ; \q1 \v 5 wɔka se, ‘Mumfi ha; mommmɛn me, \q2 efisɛ me ho tew dodo ma mo!’ \q1 Saa nnipa yi yɛ wusiw wɔ me hwenem, \q2 ogya a ɛkɔ so hyew da mu nyinaa. \b \q1 \v 6 “Hwɛ; wɔakyerɛw ato hɔ wɔ mʼanim se, \q2 merenyɛ komm, metua so ka pɛpɛɛpɛ; \q1 metua so ka agu wɔn asrɛ so, \q1 \v 7 mo ne mo agyanom bɔne nti,” \q2 sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. \q1 “Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw so \q2 na wotwirii me wɔ nkoko so nti \q1 mesusuw bɔne a wɔyɛɛ kan no so akatua pɛpɛɛpɛ \q2 agu wɔn asrɛ so.” \p \v 8 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “Sɛnea wonya nsu fi bobe kasiaw mu, \q2 na nnipa ka se, ‘Monnsɛe no, \q2 efisɛ ade pa bi da so wɔ mu’ no \q1 saa ara na mʼasomfo no nti mɛyɛ. \q2 Merensɛe wɔn nyinaa. \q1 \v 9 Mede Yakob asefo bɛba, \q2 na me mmepɔw no sodifo afi Yuda aba; \q1 me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi wɔn ade, \q2 na hɔ na mʼasomfo bɛtena. \q1 \v 10 Saron bɛyɛ nguankuw adidibea, \q2 na Akor bon no ayɛ anantwikuw homebea \q2 ama me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me. \b \q1 \v 11 “Na mo a mo de mugyaw \nd Awurade\nd* \q2 na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no, \q1 mo a moto pon ma Ahonya \q2 na mohyɛ afrasa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea no, \q1 \v 12 mede mo bɛto afoa ano, \q2 na mo nyinaa akotow ama wɔakum mo; \q1 efisɛ mefrɛe nanso moannye so, \q2 mekasae nanso moantie. \q1 Moyɛɛ nea ɛyɛ mʼani so bɔne \q2 na moyɛɛ nea mempɛ.” \q1 \v 13 Enti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “Mʼasomfo bedidi, \q2 nanso ɔkɔm bɛde mo, \q1 mʼasomfo bɛnom, \q2 nanso osukɔm bɛde mo; \q1 mʼasomfo ani begye, \q2 nanso mo anim begu ase. \q1 \v 14 Mʼasomfo bɛto nnwom \q2 afi koma mu anigye mu \q1 na mobɛteɛ mu asu \q2 afi mo koma ahoyeraw mu, \q2 na mubetwa adwo afi honhom a ayɛ mmrɛw mu. \q1 \v 15 Wubegyaw din bi a ɛbɛyɛ mmusu \q2 ama wɔn a mapaw wɔn; \q1 Otumfo \nd Awurade\nd* bekum wo \q2 na nʼasomfo de, mɛma wɔn din foforo. \q1 \v 16 Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so no, \q2 bɛyɛ wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu; \q1 obiara a ɔka ntam wɔ asase no so \q2 bɛka no wɔ nokware Nyankopɔn koro no mu. \q1 Na ɔhaw a atwa mu no wɔn werɛ befi \q2 na wɔde behintaw me. \b \q1 \v 17 “Hwɛ! Mɛbɔ \q2 ɔsorosoro foforo ne asase foforo. \q1 Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio, \q2 na ɛremma adwene mu nso. \q1 \v 18 Nanso momma mo ani nnye na munni ahurusi afebɔɔ \q2 wɔ nea merebɛbɔ ho, \q1 efisɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anigye, \q2 na mu nnipa ayɛ anigye farebae. \q1 \v 19 Mɛsɛpɛw me ho wɔ Yerusalem mu, \q2 na madi ahurusi wɔ me nkurɔfo ho. \q1 Na wɔrente agyaadwo ne osu nnyigyei \q2 wɔ mu bio. \b \q1 \v 20 “Ɛrensi bio wɔ mu \q2 abofra a ne nkwanna yɛ kakraa bi, \q2 anaa akwakoraa a onni ne mfe nwie; \q1 nea odi mfe ɔha na owu no \q2 wɔbɛfa no sɛ ɔbabun bi kɛkɛ; \q1 na nea wannya mfe ɔha no \q2 wɔbɛfa no sɛ wɔadome no. \q1 \v 21 Wobesisi afi na wɔatena mu, \q2 wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba. \q1 \v 22 Wɔrensisi afi mma afoforo mmɛtena mu bio, \q2 na wɔrennua mma afoforo mmedi. \q1 Na nna a dua di no, \q2 saa ara na me nkurɔfo nna bɛyɛ; \q1 me nkurɔfo a mapaw wɔn no bedi \q2 wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛ. \q1 \v 23 Wɔremmrɛ ngu \q2 na wɔrenwo mma a wɔn nkrabea nye; \q1 efisɛ wɔbɛyɛ nnipa a \nd Awurade\nd* ahyira wɔn, \q2 wɔne wɔn asefo. \q1 \v 24 Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me. \q2 Bere a wogu so rekasa no metie. \q1 \v 25 Pataku ne oguamma bedidi abɔ mu \q2 gyata bɛwe sare sɛ nantwi, \q1 nanso mfutuma bɛyɛ ɔwɔ aduan. \q2 Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi \q1 wɔ me bepɔw kronkron so nyinaa,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \c 66 \s1 Atemmu Ne Anidaso \p \v 1 Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “Ɔsoro yɛ mʼahengua, \q2 na asase yɛ me nan ntiaso. \q1 Ofi a wubesi ama me no wɔ he? \q2 Ɛhe na ɛbɛyɛ me homebea? \q1 \v 2 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, \q2 na ɛma ɛbae ana?” \q2 \nd Awurade\nd* na ose. \b \q1 “Obi a mʼani sɔ no ni: \q2 nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom, \q2 na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho. \q1 \v 3 Nanso obi a ɔde nantwinini bɔ afɔre no \q2 saa onipa no ara kum nnipa, \q1 na nea ɔma oguamma no, \q2 saa onipa no ara bu ɔkraman kɔn mu; \q1 nea ɔbɔ aduan afɔre no \q2 saa onipa no ara de prako mogya bɔ afɔre, \q1 nea ɔhyew nnuhuam a ɛwɔ din no \q2 saa onipa no ara som ɔbosom. \q1 Wɔafa wɔn ankasa akwan \q2 na wɔn akra ani gye wɔn akyiwade ho; \q1 \v 4 enti me nso mɛpɛ ayayade ayɛ wɔn \q2 na mede nea wosuro bɛba wɔn so. \q1 Efisɛ mefrɛe no, obiara annye so, \q2 mekasae no, obiara antie. \q1 Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so \q1 na wɔyɛɛ nea mempɛ.” \b \q1 \v 5 Muntie \nd Awurade\nd* asɛm, \q2 mo a mote nʼasɛm a mo ho popo: \q1 “Mo nuanom mmarima a wɔtan mo, \q2 na me din nti wotwa mo gyaw no, aka se, \q1 ‘Momma wɔnhyɛ \nd Awurade\nd* anuonyam, \q2 na yɛahu mo anigye!’ \q2 Nanso wɔn anim begu ase. \q1 \v 6 Muntie huuyɛ a efi kuropɔn no mu, \q2 muntie gyegyeegye a efi asɔredan no mu! \q1 Ɛyɛ \nd Awurade\nd* nnyigyei \q2 a ɔde retua nʼatamfo ka sɛnea ɛfata wɔn. \b \q1 \v 7 “Ansa na ɔbea bɛkyem no, \q2 ɔwo; \q1 ansa na ɔbɛte awoyaw no \q2 ɔwo ɔbabarima. \q1 \v 8 Hena na wate biribi sɛɛ ho asɛm pɛn? \q2 Hena na wahu biribi sɛɛ pɛn? \q1 Wobetumi de da koro akyekyere ɔmansin, \q2 anaa ɔman mu, bere sin bi mu ana? \q1 Nanso awo ka Sion ara pɛ a \q2 ɔwo ne mma. \q1 \v 9 Mede obi bedu awoko ano a \q2 memma no nwo ana?” Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 “Misiw awotwaa ano \q2 bere a awo adu so ana?” Wo Nyankopɔn na ose. \q1 \v 10 Mo ne Yerusalem ani nnye na munni ahurusi mma no, \q2 mo a modɔ no nyinaa; \q1 mo ne no nsɛpɛw mo ho yiye, \q2 mo a mudi ne ho awerɛhow nyinaa. \q1 \v 11 Mubenum nʼawerɛkyekye nufu \q2 no amee; \q1 mobɛnom aboro so \q2 na mo ani begye nea abu so atra so no ho. \p \v 12 Na sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “Mede asomdwoe bɛma no sɛ asubɔnten, \q2 ne amanaman no ahonya nso sɛ asuten a ayiri. \q1 Mubenum na waturu mo wɔ ne basa so \q2 na obegyigye mo agoru wɔ nʼanankoroma so. \q1 \v 13 Sɛnea ɛna kyekye ne ba werɛ no \q2 saa ara na mɛkyekye mo werɛ; \q2 na mubenya awerɛkyekye wɔ Yerusalem.” \b \q1 \v 14 Sɛ muhu eyi a, mo koma ani begye \q2 na mobɛyɛ frɔmfrɔm sɛ sare; \q1 wobehu \nd Awurade\nd* nsa wɔ ne nkoa so, \q2 nanso wobehu nʼabufuwhyew wɔ nʼatamfo so. \q1 \v 15 Hwɛ, \nd Awurade\nd* de ogya reba, \q2 na ne nteaseɛnam te sɛ mfɛtɛ; \q1 ɔde nʼabufuw bɛba wɔ anibere so, \q2 na ɔde gyaframa ayɛ nʼanimka. \q1 \v 16 Ogya ne nʼafoa, \q2 na \nd Awurade\nd* de bebu nnipa nyinaa atɛn, \q2 na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ \nd Awurade\nd* nsa ano bɛyɛ bebree. \p \v 17 “Wɔn a wɔtew wɔn ho na wodwira wɔn ho de kɔ nturo mu, na wodi ɔbaako a ɔfra wɔn a wɔwe mprakonam ne akisi ne nneɛma a ɛyɛ akyiwade akyi no, wɔbɛbɔ mu ahu wɔn awiei,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 18 “Esiane wɔn nneyɛe ne wɔn nsusuwii nti, Me, mereba abɛboaboa amanaman ne ɔkasa ahorow ano, na wɔbɛba abehu mʼanuonyam. \p \v 19 “Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne bi wɔ wɔn mu, na mede nkae no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafo ne Lidiafo (wɔn a wɔagye din wɔ agyantow mu), Tubal ne Helafo, ne asupɔw a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wonhuu mʼanuonyam no. Wɔbɛpae mu aka mʼanuonyam wɔ amanaman mu. \v 20 Na wɔde mo nuabarimanom nyinaa befi amanaman nyinaa so bɛba me bepɔw kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ, afɔrebɔde ama \nd Awurade\nd*. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so bɛba,” sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. “Wɔde wɔn bɛba sɛnea Israelfo de wɔn aduan afɔre kɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ho tew mu. \v 21 Na meyi wɔn mu bi ayɛ asɔfo ne Lewifo,” \nd Awurade\nd*, na ose! \p \v 22 “Sɛnea ɔsorosoro foforo ne asase foforo bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefo bɛtena hɔ,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \v 23 “Efi Ɔsram Foforo baako kɔpem foforo, efi Homeda baako kosi foforo no, adesamma nyinaa bɛba abɛkotow me,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \v 24 “Na wobefi adi akohu wɔn a wɔtew atua tiaa me no afunu; wɔn asunson renwu, na wɔn gya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adesamma nyinaa nwini.”