\id HOS - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Hosea \toc1 Odiyifo Hosea Nhoma \toc2 Hosea \toc3 Hos \mt2 Odiyifo \mt1 Hosea \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, \nd Awurade\nd* de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn. \s1 Hosea Yere Ne Ne Mma \p \v 2 Bere a \nd Awurade\nd* dii kan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔware oguamanfo,\f + \fr 1.2 \fr*\ft Kɔware oguamanfo—Eyi ne bɔne kɛse a Onyankopɔn nam Hosea so bɔɔ Israelfo kwaadu.\ft*\f* na wo ne no nwo, efisɛ ɔman no di aguamammɔ ho fɔ na wɔnam so atetew wɔne Onyankopɔn ntam.” \v 3 Enti, ɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛn woo ɔbabarima maa no. \p \v 4 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “To ne din Yesreel,\f + \fr 1.4 \fr*\ft Yesreel. Nkyerɛase ne “Onyankopɔn na odua.”\ft*\f* efisɛ, merebɛtwe ɔhene Yehufi aso, de atua awu a odii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahenni bɛba awiei. \v 5 Saa da no, mebubu Israel tadua wɔ Yesreel bon no mu.” \p \v 6 Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa. \v 7 Nanso meyi me dɔ akyerɛ Yudafo. Me \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn, mede me tumi begye wɔn afi wɔn atamfo nsam a meremfa tadua, afoa anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo.” \p \v 8 Bere a Gomer twaa Lo-ruhama nufu akyi no, ɔwoo ɔba barima foforo. \v 9 Na \nd Awurade\nd* kae se, “To ne din Lo-ami, efisɛ monnyɛ me nkurɔfo na mennyɛ mo Nyankopɔn. \p \v 10 “Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’ \v 11 Na Yudafo ne Israelfo bɛka abɔ mu bio, na wobeyi ɔkwankyerɛfo baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsan afi nnommum no mu aba. Saa da no bɛyɛ da kɛse ama Yesreel.” \c 2 \p \v 1 “Frɛ wo nuabarimanom, ‘Me nkurɔfo’ na frɛ wo nuabeanom, ‘Mʼadɔfo.’ ” \s1 Wɔtwe Israel Aso, Gye No To Mu Bio \q1 \v 2 “Ka wo na anim, ka nʼanim, \q2 na ɔnyɛ me yere \q2 na menyɛ ne kunu. \q1 Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ aguaman anim no \q2 na onnyae awaresɛe a ɔde ne nufu yɛ no. \q1 \v 3 Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntama \q2 na wada adagyaw te sɛ da a wɔwoo no no; \q1 mɛma wayɛ sɛ nweatam, \q2 mɛdan no asase a awo wosee \q2 na mama osukɔm akum no. \q1 \v 4 Merennɔ ne mma, \q2 efisɛ wɔyɛ aguaman mma. \q1 \v 5 Wɔn na anyɛ ɔnokwafo \q2 na onyinsɛnee wɔn wɔ animguase mu. \q1 Ɔkae se, ‘Medi mʼadɔfo akyi, \q2 wɔn a wɔma me aduan ne nsu, \q2 ne kuntu ne nwera, ngo ne nsa.’ \q1 \v 6 Eyi nti, mede nsɔe besiw no kwan; \q2 mɛto ɔfasu afa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan. \q1 \v 7 Obetiw nʼadɔfo, nanso ɔrento wɔn; \q2 ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn. \q1 Afei, ɔbɛka se, \q2 ‘Mɛsan akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kan no, \q2 efisɛ, saa bere no na eye ma me sen mprempren.’ \q1 \v 8 Ɔnkae sɛ me na \q2 memaa no aduan, nsa foforo ne ngo, \q1 nea ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so \q2 ma wɔde kɔsom Baal no. \b \q1 \v 9 “Enti sɛ mʼaduan no du twabere a mɛfa mʼade, \q2 ne me nsa foforo no nso saa ara. \q1 Megye me kuntu ne me nwera, \q2 a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagyaw so no. \q1 \v 10 Enti afei mɛbɔ no adagyaw \q2 wɔ nʼadɔfo anim; \q2 obiara rentumi nnye no mfi me nsam. \q1 \v 11 Metwa nʼafahyɛ nyinaa so: \q2 nʼafirihyia afahyɛ, Ɔsram Foforo afahyɛ \q2 Homeda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahorow nyinaa. \q1 \v 12 Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, \q2 nea ɔka se nʼadɔfo de tuaa no ka no; \q1 mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, \q2 ama wuram mmoa awe. \q1 \v 13 Mɛtwe nʼaso wɔ nna a \q2 ɔhyew aduhuam maa Baal no ho; \q1 ɔde nkaa ne agude hyehyɛɛ ne ho, \q2 tu dii nʼadɔfo akyi, \q1 me de, ne werɛ fii me,” \q2 nea \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 14 “Enti merekɔdaadaa no; \q2 mede no bɛkɔ nweatam so \q2 na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ. \q1 \v 15 Mɛsan de ne bobe mfuw ama no. \q1 Mɛyɛ no Sɛkyɛ Bon, \q2 anidaso pon. \q1 Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛnea na ɔyɛ ne mmabun bere mu no \q2 ne bere a ofii Misraim no. \b \q1 \v 16 “Saa da no,” sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, \q2 “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; \q2 na woremfrɛ me ‘me wura’ bio. \q1 \v 17 Meyi Baal ahorow din no afi nʼano; \q2 na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio. \q1 \v 18 Saa da no, mɛyɛ apam ama wɔn, \q2 wɔne wuram mmoa ne wim nnomaa \q2 ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. \q1 Tadua, mpeaw ne ɔko, \q2 mɛbra wɔ asase no so, \q2 sɛnea wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoe mu. \q1 \v 19 Mɛware wo afebɔɔ; \q2 mɛda trenee ne atɛntrenee, \q2 ahummɔbɔ ne ayamhyehye adi akyerɛ wo. \q1 \v 20 Mɛware wo nokware mu, \q2 ama woahu \nd Awurade\nd*. \b \q1 \v 21 “Saa da no, megye wo so,” \q2 nea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 “Megye ɔsoro so, \q2 na ɔsoro de osu begye asase so, \q1 \v 22 na asase nso begye nnɔbae so: \q2 bobe foforo ne ngodua, \q1 na wɔn nso agye so se ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua.’ \q1 \v 23 Mede Israel bedua asase no so ama me ho; \q2 mɛda me dɔ adi akyerɛ nea mekae se, ‘wonyɛ me dɔfo’ no. \q1 Mɛka akyerɛ wɔn a misee wɔn sɛ ‘monyɛ me nkurɔfo’ no se \q2 ‘moyɛ me nkurɔfo,’ \q1 na wɔn nso aka se, ‘Wone me Nyankopɔn.’” \c 3 \s1 Hosea Ne Ne Yere Nkabom \p \v 1 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no san bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforo bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefo. Dɔ no, sɛnea \nd Awurade\nd* da so dɔ Israel, a mpo, nnipa no dan wɔn ho kɔ anyame afoforo nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba tetare no.” \p \v 2 Enti mede gram ɔha aduoson baako (171) ne atoko lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182) ne atoko lita aduɔkron baako kɔpataa no. \v 3 Na meka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wugyae wʼaguamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wo renna.” \p \v 4 Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔremmɔ afɔre. Wɔrenhu ɔbosom dum anaa asɔfotade anaa ahoni nso wɔ hɔ. \v 5 Akyiri yi, Israelfo bɛsan akɔhwehwɛ \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn hene no. Wɔde ahopopo bɛba \nd Awurade\nd* nkyɛn na wobenya ne nhyira wɔ nna a edi akyiri no mu. \c 4 \s1 Wɔbɔ Israel Kwaadu \q1 \v 1 Muntie \nd Awurade\nd* asɛm, mo Israelfo \q2 efisɛ \nd Awurade\nd* wɔ kwaadu de bɔ \q2 mo a mote asase no so: \q1 “Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so. \q1 \v 2 Nnome nko ara, atorotwa ne awudi, \q2 akrɔmmɔ, ne aguamammɔ \q1 na moyɛ ma ɛtra so, \q2 na mogyahwiegu ba ntoatoaso. \q1 \v 3 Eyi nti asase no di awerɛhow \q2 na wɔn a wɔte so nyinaa wuwu; \q1 wuram mmoa, wim nnomaa \q2 ne po mu nam rewuwu. \b \q1 \v 4 “Mma obiara mmɔ kwaadu, \q2 mma obiara mmɔ ɔfoforo sobo. \q1 Na mmom, mo asɔfo \q2 mo na me ne mo anya. \q1 \v 5 Muhintiw awia ne anadwo, \q2 na adiyifo no ne mo hintiw. \q1 Ɛno nti mɛsɛe mo man. \q2 \v 6 Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe. \b \q1 “Sɛ moapo nimdeɛ nti, \q2 me nso mapo mo sɛ mʼasɔfo; \q1 sɛ moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti, \q2 me nso mabu mʼani agu mo mma so. \q1 \v 7 Asɔfo no redɔɔso no \q2 na bɔne a ɛboro so na wɔyɛ tia me. \q2 Wɔde wɔn Anuonyam asesa nea ɛyɛ animguase. \q1 \v 8 Wodidi me nkurɔfo bɔne ho \q2 ɛno nti wɔn ani gye atirimɔdensɛm ho. \q1 \v 9 Sɛnea nnipa no te no, saa ara na asɔfo no nso te. \q2 Mɛtwe wɔn nyinaa aso wɔ wɔn akwan ho \q2 na matua wɔn wɔn nneyɛe so ka. \b \q1 \v 10 “Wobedidi, nanso wɔremmee. \q2 Wɔbɛbɔ aguaman, nanso wɔn ase remfɛe, \q1 efisɛ, wɔagyaw \nd Awurade\nd* hɔ, \q2 de wɔn ho ama \v 11 aguamammɔ, \q2 nsa dedaw ne foforo, \q2 a ɛma me nkurɔfo \q1 \v 12 ntease tu yera. \q1 Wɔkɔ abisa wɔ ahoni a wɔde nnua asen nkyɛn \q2 na duasin bi ama wɔn mmuae. \q1 Aguamammɔ honhom rema wɔn ayera kwan; \q2 wonni wɔn Nyankopɔn nokware. \q1 \v 13 Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi \q2 na wɔhyew afɔrebɔde wɔ nkoko so: \q1 odum, duafufu ne odupɔn ase, \q2 nea onwini yɛ fɔmm hɔ. \q1 Ɛno nti, wo mmabea dan aguamammɔfo \q2 na mo nsemmea nso yɛ nguamanfo. \b \q1 \v 14 “Merentwe mo mmabea aso \q2 sɛ wɔadan aguamammɔfo, \q1 anaa mo nsemmea aso \q2 sɛ wɔasɛe aware. \q1 Efisɛ mo mmarima, mo nso mote saa ara. \q2 Mo ne mmabea ne nsɔreso nguamanfo \q2 fa ayɔnko. \q1 Nnipa a wonni ntease no bɛkɔ ɔsɛe mu! \b \q1 \v 15 “Ɛwɔ mu sɛ woyɛ ɔwaresɛefo de, Israel, \q2 nanso, mma Yuda nni ho fɔ. \b \q1 “Nkɔ Gilgal; \q2 na mforo nkɔ Bet-Awen. \q1 Na nka ntam se, ‘Sɛ \nd Awurade\nd* te ase yi!’ \q1 \v 16 Israelfo yɛ asoɔdenfo \q2 te sɛ nantwi ba a ɔyɛ asowui \q1 ɛbɛyɛ dɛn na \nd Awurade\nd* ahwɛ wɔn so \q2 sɛ nguantenmma a wɔwɔ adidibea? \q1 \v 17 Efraim de ne ho abɔ ahoni ho; \q2 Gyaa no! \q1 \v 18 Sɛ wɔn nsa sa koraa a, \q2 wɔtoa wɔn aguamammɔ so; \q1 wɔn sodifo ani gye aniwude ho yiye. \q1 \v 19 Mfɛtɛ bɛpra wɔn akɔ, \q2 na wɔn afɔrebɔ de animguase bɛbrɛ wɔn. \c 5 \s1 Atemmu A Etia Israel \q1 \v 1 “Muntie, mo asɔfo!\f + \fr 5.1 \fr*\ft Asɔfo, Israelfo ne ahemfo, saa akuw abiɛsa yi na na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ bu atɛntrenee, nanso wɔn nyinaa buu ntɛnkyew.\ft*\f* \q2 Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo! \q1 Monyɛ asow, adehyefi! \q1 Saa atemmu yi tia mo: \q2 Moayɛ afiri wɔ Mispa, \q2 ne asau a wɔagu no Tabor so. \q1 \v 2 Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. \q2 Mɛtwe wɔn nyinaa aso. \q1 \v 3 Minim Efraim ho nsɛm nyinaa; \q2 wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ. \q1 Efraim, mprempren de wobɔ aguaman; \q2 na Israel aporɔw. \b \q1 \v 4 “Wɔn nneyɛe mma wɔ kwan \q2 mma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn. \q1 Aguamammɔ honhom wɔ wɔn koma mu; \q2 wonnye \nd Awurade\nd* nto mu. \q1 \v 5 Israel ahantan di tia no. \q2 Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔ wɔn amumɔyɛ mu; \q2 Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara. \q1 \v 6 Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi \q2 kɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* a \q1 Wɔrenhu no, \q2 efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho. \q1 \v 7 Wɔanni \nd Awurade\nd* nokware. \q2 Wɔwowoo aguaman mma. \q1 Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a, \q2 ɔbɛsɛe wɔn nsase. \b \q1 \v 8 “Hyɛn torobɛnto no wɔ Gibea. \q2 Hyɛn mmɛn no wɔ Rama. \q1 Momma ɔko nteɛmu so wɔ Bet Awen; \q2 Benyamin, monsɔre nni anim. \q1 \v 9 Efraim bɛda mpan \q2 wɔ akontaabu da. \q1 Israel mmusuakuw no mu no \q2 mepae mu ka nea ɛwɔ mu. \q1 \v 10 Yuda sodifo no te sɛ \q2 wɔn a woyiyi ahye so abo. \q1 Mehwie mʼabufuw agu wɔn so \q2 te sɛ nsuyiri. \q1 \v 11 Wɔhyɛ Efraim so, \q2 wotiatia ne so wɔ atemmu mu, \q2 wasi nʼadwene pi sɛ obedi ahoni akyi. \q1 \v 12 Mɛyɛ sɛ nwewee ama Efraim \q2 na mayɛ Yudafo sɛ dua a aporɔw. \b \q1 \v 13 “Bere a Efraim huu ne yare, \q2 na Yuda nso huu nʼakuru no, \q1 Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria. \q2 Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no hɔ kɔpɛɛ mmoa. \q1 Nanso wantumi ansa no yare, \q2 na akuru no nso anwuwu. \q1 \v 14 Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim \q2 na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda. \q1 Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ; \q2 Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn. \q1 \v 15 Afei mɛsan akɔ me nkyi \q2 kosi sɛ wobenya ahonu. \q1 Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan; \q2 wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so.” \c 6 \s1 Israel Nni Ahonu \q1 \v 1 “Mommra, momma yɛnsan nkɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn. \q2 Watetew yɛn mu asinasin \q1 nanso ɔbɛsa yɛn yare. \q2 Wapirapira yɛn \q2 nanso ɔbɛkyekyere yɛn apirakuru. \q1 \v 2 Nnaanu akyi, ɔbɛma yɛanya ahoɔden; \q2 nansa so, ɔde yɛn besi yɛn sibea \q2 na yɛanya nkwa wɔ nʼanim. \q1 \v 3 Momma yennye \nd Awurade\nd* nto mu; \q2 momma yɛnkɔ so nnye no nto mu. \q1 Sɛnea owia pue da biara no, obepue; \q2 ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛtɔ awɔwbere mu \q2 anaa asusow bere mu su a ɛfɔw asase.” \b \q1 \v 4 “Dɛn na metumi de wo ayɛ, Efraim? \q2 Dɛn na metumi de wo ayɛ, Yuda? \q1 Mo dɔ te sɛ anɔpa bɔ, \q2 ɛte sɛ anɔpa bosu a etu yera. \q1 \v 5 Mede mʼadiyifo twitwaa mo mu asinasin, \q2 mede mʼanom nsɛm kunkum mo; \q1 mʼatemmu baa mo so sɛ anyinam. \q1 \v 6 Mepɛ ahummɔbɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, \q2 mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre. \q1 \v 7 Wɔabu apam no so sɛnea Adam yɛe. \q2 Wɔanni me nokware wɔ hɔ. \q1 \v 8 Gilead yɛ atirimɔdenfo kuropɔn \q2 a mogya anammɔn akeka hɔ. \q1 \v 9 Sɛnea akwamukafo ka kwan mu no \q2 saa ara na asɔfokuw no nso yɛ; \q1 wodi awu wɔ Sekem tempɔn so, \q2 yɛ nnebɔne a ɛyɛ animguase. \q1 \v 10 Mahu ahodwiriwde wɔ Israelfi. \q2 Ɛhɔ, Efraim kɔ aguamammɔ mu \q2 Israel gu ne ho fi. \b \q1 \v 11 “Na wo Yuda nso, \q2 wɔahyɛ otwa bere ama wo. \b \q1 “Bere biara a mede me nkurɔfo siade bɛsan ama wɔn no, \c 7 \q2 \v 1 bere biara a mɛsa Israel yare no, \q1 Efraim nnebɔne da adi. \q2 Samaria awurukasɛm nso da adi. \q1 Wɔyɛ nnaadaafo \q2 akorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu, \q2 ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so. \q1 \v 2 Na wonhu sɛ \q2 mekae wɔn nnebɔne nyinaa. \q1 Wɔn bɔne bunkam wɔn so; \q2 egu mʼanim bere biara. \b \q1 \v 3 “Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani, \q2 na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani. \q1 \v 4 Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfo \q2 a akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu. \q1 Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya \q2 bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam. \q1 \v 5 Da a ɔhene rehyɛ fa no \q2 ahenemma bow nsa, \q2 na ɔhene no fɛwdifo ne wɔn bɔ mu goru. \q1 \v 6 Wɔn koma te sɛ fononoo; \q2 wɔde atirimpɔw bɔne kɔ ɔhene anim. \q1 Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; \q2 anɔpa, ɛdɛw te sɛ ogyatannaa. \q1 \v 7 Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo. \q2 Wokunkum wɔn sodifo. \q1 Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase \q2 na wɔn mu biara nsu mfrɛ me. \b \q1 \v 8 “Efraim ne aman no adi afra; \q2 Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wonkisae. \q1 \v 9 Ananafo twe nʼahoɔden, \q2 nanso onhu. \q1 Dwen aba ne ti so, \q2 nanso nʼani mmaa so ɛ. \q1 \v 10 Israel ahantan di adanse tia no, \q2 nanso eyi nyinaa akyi no \q1 ɔnnsan nkɔ \nd Awurade\nd* ne Nyankopɔn nkyɛn, \q2 na ɔnhwehwɛ no nso. \b \q1 \v 11 “Efraim te sɛ aborɔnoma, \q2 wotumi daadaa no na onni adwene. \q1 Ɔfrɛ Misraim, \q2 na wadan akɔ Asiria. \q1 \v 12 Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so; \q2 atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa. \q1 Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a, \q2 mɛkyere wɔn. \q1 \v 13 Nnome nka wɔn, \q2 efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho! \q1 Ɔsɛe mmra wɔn so \q2 efisɛ wɔatew me so atua! \q1 anka mepɛ sɛ migye wɔn \q2 nanso wutwa atoro fa me ho. \q1 \v 14 Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me, \q2 mmom wotwa adwo wɔ wɔn mpa so. \q1 Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo, \q2 nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho. \q1 \v 15 Metetew wɔn, hyɛɛ wɔn den, \q2 nanso wɔbɔ pɔw bɔne tia me. \q1 \v 16 Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; \q2 wɔte sɛ tadua a asɛe, \q1 wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa ano \q2 efisɛ, wɔnkasa obu so. \q1 Eyi nti wobedi wɔn ho fɛw \q2 wɔ Misraim asase so. \c 8 \s1 Israel Betwa Mfɛtɛ Aba \q1 \v 1 “Monhyɛn torobɛnto! \q2 Ɔkɔre bi wɔ \nd Awurade\nd* fifo so \q1 efisɛ nnipa no abu mʼapam so \q2 na wɔasɔre atia me mmara. \q1 \v 2 Afei Israel su frɛ me se, \q2 ‘Yɛn Nyankopɔn, yegye wo to mu!’ \q1 \v 3 Nanso Israel apo nea eye; \q2 ɔtamfo bɛtaa no. \q1 \v 4 Wosisi ahemfo a minnim ho hwee, \q2 wɔpaw ahenemma wɔ bere a mempenee so ɛ. \q1 Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho \q2 de sɛe wɔn ankasa ho. \q1 \v 5 Tow wo nantwi ba ohoni no kyene, Samaria! \q2 Mʼabufuwhyew reba wɔn so. \q1 Wɔbɛtena nea ɛho ntew mu akosi da bɛn? \q2 \v 6 Wofi Israel! \q1 Saa nantwi ba yi, odwumfo bi na osenii; \q2 ɛnyɛ Onyankopɔn! \q1 Wobebubu mu asinasin, \q2 saa Samaria nantwi ba no. \b \q1 \v 7 “Wodua mframa \q2 na wotwa mfɛtɛ. \q1 Awi a egyina hɔ no nni ti; \q2 nti wɔrennya siam mfi mu. \q1 Sɛ ɛsow aduan mpo a, \q2 ahɔho na wobedi. \q1 \v 8 Wɔamene Israel; \q2 afei ɔfra aman no mu \q1 te sɛ ade a so nni mfaso biara.\f + \fr 8.8 \fr*\ft Wɔfaa Israel sɛ Onyankopɔn ankasa nkurɔfo (\+xt 2 Mose 19.5; Amos 3.2\+xt*). Nanso esiane sɛ ɔde ne ho akɔma aman foforo bi nti, nʼanuonyam pa ma ɔbɛyɛɛ animguaseman maa Onyankopɔn.\ft*\f* \q1 \v 9 Na wɔakɔ Asiria \q2 te sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam. \q2 Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo. \q1 \v 10 Ɛwɔ mu, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu de, \q2 nanso mɛboaboa wɔn ano. \q1 Wɔn so befi ase atew \q2 wɔ ɔhene kɛse bi nhyɛso ase. \b \q1 \v 11 “Ɛwɔ mu sɛ Efraim sisii afɔremuka bebree a wɔbɔ bɔnefakyɛ afɔre wɔ so de, \q2 ɛno nti abɛyɛ afɔremuka a wɔyɛ bɔne wɔ so. \q1 \v 12 Mekyerɛw me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, \q2 nanso wɔfaa no sɛ ananafo ade. \q1 \v 13 Wɔde mʼayɛyɛde bɔ afɔre \q2 na wɔwe nam no, \q1 nanso wɔnsɔ \nd Awurade\nd* ani. \q2 Afei ɔbɛkae wɔn atirimɔdensɛm \q1 na wɔatwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: \q2 Wɔbɛsan akɔ Misraim. \q1 \v 14 Israel werɛ afi ne yɛfo \q2 na wasisi ahemfi akɛseakɛse; \q1 Yuda abɔ nkurow bebree ho ban. \q2 Nanso mɛto ne nkuropɔn mu gya \q2 a ɛbɛhyew wɔn aban.” \c 9 \s1 Israel Asotwe \q1 \v 1 Nni ahurusi, Israel; \q2 nsɛpɛw wo ho te sɛ aman a aka no. \q1 Efisɛ woanni wo Nyankopɔn nokware, \q2 wʼani gye aguamammɔ ho \q2 wɔ awiporowbea nyinaa so. \q1 \v 2 Awiporowbea ne nsakyiamoa rentumi mma nnipa no aduan; \q2 nsa foforo nso bɛbɔ wɔn. \q1 \v 3 Wɔrentena \nd Awurade\nd* asase no so bio; \q2 Efraim bɛsan akɔ Misraim \q2 na wadi aduan a ɛho ntew wɔ Asiria. \q1 \v 4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔre mma \nd Awurade\nd*, \q2 na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. \q1 Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ asufo brodo de ama wɔn; \q2 wɔn a wodi nyinaa ho begu fi. \q1 Saa aduan no bɛyɛ wɔn ankasa dea \q2 na wɔrentumi mmfa nkɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu. \q1 \v 5 Dɛn na mobɛyɛ wɔ mo aponto da no \q2 ne \nd Awurade\nd* afahyɛnna no nso? \q1 \v 6 Mpo sɛ woguan fi ɔsɛe mu a \q2 Misraim bɛboaboa wɔn ano, \q2 na Memfis besie wɔn. \q1 Wɔn dwetɛ ahonyade befuw wura, \q2 na wɔn ntamadan adan nsɔe. \q1 \v 7 Asotwe nna no reba, \q2 akontaabu nna no adu; \q1 ma Israel nhu eyi. \q2 Esiane mo bɔne bebrebe \q1 ne mo akokoakoko a adɔɔso nti \q2 mofa no sɛ odiyifo yɛ kwasea, \q2 na nea honhom akanyan no no yɛ ɔbɔdamfo. \q1 \v 8 Odiyifo no ne me Nyankopɔn \q2 yɛ Efraim so wɛmfo, \q1 nanso wɔasum no afiri wɔ nʼakwan nyinaa so, \q2 na ɔtan ahyɛ ne Nyankopɔn fi ma. \q1 \v 9 Wɔadu porɔwee bun mu, \q2 sɛnea na ɛte wɔ Gibea nna no mu. \q1 Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimɔden \q2 na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho. \b \q1 \v 10 “Bere a mihuu Israel no, \q2 na ɛte sɛ nea mahu bobe wɔ nweatam so; \q1 bere a mihuu mo agyanom no, \q2 na ɛte sɛ nea mahu borɔdɔma aba a edi kan wɔ ne dua so. \q1 Nanso bere a wɔbaa Baal-Peor nkyɛn no \q2 wodwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. \q2 Wɔn ho yɛɛ nwini te sɛ ohoni a wɔdɔ no no ara. \q1 \v 11 Efraim anuonyam betu akɔ sɛ anomaa, \q2 nyinsɛn ne awo nni ne mu. \q1 \v 12 Mpo sɛ wɔtetew mmofra a, \q2 mɛma mmofra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. \q1 Wonnue, \q2 sɛ miyi mʼani fi wɔn so a! \q1 \v 13 Mahu Efraim te sɛ Tiro, \q2 a ɛda baabi a eye. \q1 Nanso Efraim de ne mma \q2 bɛbrɛ okumfo no.” \b \q1 \v 14 Fa ma wɔn, \nd Awurade\nd*, \q2 dɛn na wode bɛma wɔn? \q1 Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn \q2 ne nufu a nufusu nni mu. \b \q1 \v 15 “Wɔn atirimɔdensɛm nyinaa a wodii wɔ Gilgal nti, \q2 mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ. \q1 Wɔn nnebɔne nti \q2 mɛpam wɔn afi me fi. \q1 Merennɔ wɔn bio; \q2 efisɛ wɔn ntuanofo nyinaa yɛ atuatewfo. \q1 \v 16 Efraim agyigya, \q2 wɔn ntin akisa, \q1 nti wɔnsow aba. \q2 Sɛ wɔwo mma mpo a, \q2 mekunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.” \b \q1 \v 17 Me Nyankopɔn bɛpo wɔn, \q2 efisɛ, wɔanyɛ osetie amma no; \q2 Wobekyinkyin aman no mu. \c 10 \q1 \v 1 Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw; \q2 ɔsow aba maa ne ho. \q1 Bere a nʼaba redɔɔso no, \q2 osisii afɔremuka bebree; \q1 nʼasase rekɔ so yɛ yiye no \q2 osiesie nʼabosom dum kronkron no. \q1 \v 2 Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu, \q2 nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe. \q1 \nd Awurade\nd* bebubu wɔn afɔremuka, \q2 na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no. \q1 \v 3 Afei, wɔbɛka se, “Yenni ɔhene, \q2 efisɛ, yɛamfa nidi amma \nd Awurade\nd*. \q1 Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene koraa a, \q2 dɛn na anka obetumi ayɛ ama yɛn?” \q1 \v 4 Wɔhyɛ bɔ ahorow bebree, \q2 wɔka ntamhunu \q1 na wɔyɛ apam ahorow; \q2 ɛno nti mansotwe sɔresɔre \q1 te sɛ wura a bɔre wɔ mu \q2 a afifi asase a wɔafuntum so so. \q1 \v 5 Nnipa a wɔte Samaria no suro ma \q2 Bet-Awen nantwi ba ohoni no. \q1 Ne nkurɔfo besu. \q2 Saa ara na nʼakɔmfo nso bɛyɛ, \q1 wɔn a wogyee wɔn ani wɔ nʼanuonyam ho no. \q2 Efisɛ wɔafa no afi wɔn nkyɛn kɔ nnommum mu. \q1 \v 6 Wɔde no bɛkɔ Asiria, \q2 de akɔhyɛ ɔhene kɛse no anuonyam. \q1 Ebegu Efraim anim ase; \q2 na Israel ani bewu wɔ ne nnua ahoni ho. \q1 \v 7 Samaria na ne hene bɛsen akɔ \q2 te sɛ abaa a ɛtɛn nsu ani. \q1 \v 8 Wɔbɛsɛe abosonnan a wodi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. \q1 Nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi hɔ, \q2 na akata wɔn afɔremuka so. \q1 Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Mommɛkata yɛn so!” \q2 na wase nkoko se, “Munnwiriw ngu yɛn so!” \b \q1 \v 9 “Efi Gibea bere so, woayɛ bɔne, Israel, \q2 na hɔ na woaka. \q1 Na ɔko rentwiw amfa \q2 amumɔyɛfo a wɔwɔ Gibea no so ana? \q1 \v 10 Bere a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; \q2 aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. \q2 Wɔde mpokyerɛ begu wɔn wɔ wɔn bɔne dodow ho. \q1 \v 11 Efraim yɛ nantwi ba a wɔayɛn no, \q2 a ɔpɛ awiporowbea adwuma, \q1 enti mede konnua \q2 bɛto ne kɔn fɛɛfɛ mu. \q1 Mɛkyerɛ Efraim ɔkwan, \q2 ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, \q1 na Yakob nso siesie so. \q1 \v 12 Dua trenee aba ma wo ho, \q2 twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, \q1 siesie wʼasase a womfuntumii so no; \q2 na bere adu sɛ wohwehwɛ \nd Awurade\nd*, \q1 kosi sɛ ɔbɛba \q2 abɛpete trenee agu wo so. \q1 \v 13 Nanso woadua atirimɔden aba, \q2 na woatwa aba bɔne. \q1 Woadi nnaadaa aba. \q2 Efisɛ wode wo ho ato wʼahoɔden \q1 ne wʼakofo bebrebe no so, \q1 \v 14 ɔko mu huuyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfo, \q2 na wʼaban nyinaa bɛsɛe, \q1 sɛnea Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, \q2 da a wɔde ɛnanom ne wɔn mma hwehwee fam no. \q1 \v 15 Saa ara na ɛbɛba wo so, Bet-El, \q2 efisɛ wʼatirimɔdensɛm no dɔɔso. \q1 Sɛ da no du a, \q2 Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa. \c 11 \s1 Onyankopɔn Dɔ A Ɔdɔ Israel \q1 \v 1 “Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no, \q2 na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii. \q1 \v 2 Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no, \q2 saa ara na woguan fii me nkyɛn. \q1 Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni, \q2 na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode. \q1 \v 3 Me na migyigyee Efraim taataa, \q2 turuu wɔn wɔ me basa so; \q1 nanso wɔnkae sɛ \q2 me na mesaa wɔn yare. \q1 \v 4 Me de ayamye hama \q2 ne ɔdɔ dii wɔn anim; \q1 miyii konnua no fii wɔn kɔn mu \q2 na mekotow maa wɔn aduan dii. \b \q1 \v 5 “Wɔbɛsan akɔ Misraim, \q2 na Asiria adi wɔn so, \q2 esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti. \q1 \v 6 Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu \q2 na ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adaban \q2 na wɔn nhyehyɛe to betwa. \q1 \v 7 Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn. \q2 Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo a \q1 meremma wɔn so ɔkwan biara so. \b \q1 \v 8 “Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim? \q1 Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel? \q2 Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? \q1 Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? \q2 Me koma asakra wɔ me mu; \q2 na mʼahummɔbɔ ahwanyan. \q1 \v 9 Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade, \q2 na merennan me ho nsɛe Efraim bio. \q1 Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa. \q2 Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu. \q2 Meremma wɔ abufuw mu. \q1 \v 10 Wobedi \nd Awurade\nd* akyi. \q2 Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata. \q1 Na sɛ ɔbobɔ mu a, \q2 ne mma de ahopopo befi atɔe aba. \q1 \v 11 Wɔde ahopopo bɛba \q2 te sɛ nnomaa a wofi Misraim, \q1 te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria. \q2 Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \s1 Israel Bɔne \q1 \v 12 Efraim de atoro atwa me ho ahyia, \q2 Israelfi nso wɔde nnaadaa. \q1 Yuda abɔ Onyankopɔn so ko \q2 mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafo no. \c 12 \q1 \v 1 Efraim de mframa ayɛ aduan; \q2 odi apuei mframa akyi daa \q1 na odi atoro yɛ akakabensɛm bebree. \q2 Ɔne Asiria yɛ apam \q2 na ɔde ngo kɔ Misraim. \q1 \v 2 \nd Awurade\nd* wɔ sobo de bɔ Yuda; \q2 ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan ho \q2 na watua no ne nneyɛe so ka. \q1 \v 3 Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin; \q2 onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so. \q1 \v 4 Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim; \q2 ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom. \q1 Ohuu no wɔ Bet-El \q2 ne no kasaa wɔ hɔ. \q1 \v 5 Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn, \q2 \nd Awurade\nd* ne ne din a ahyeta! \q1 \v 6 Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn. \q2 Tena ɔdɔ ne trenee mu, \q2 na twɛn wo Nyankopɔn daa. \q1 \v 7 Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma; \q2 nʼani gye asisi ho. \q1 \v 8 Efraim hoahoa ne ho sɛ, \q2 “Meyɛ ɔdefo; manya me ho. \q1 Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu \q2 amumɔyɛ biara wɔ me ho.” \b \q1 \v 9 “Mene \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn, \q2 a miyii wo fii Misraim. \q1 Mɛma woakɔtena ntamadan mu bio \q2 sɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no. \q1 \v 10 Mekasa kyerɛɛ adiyifo, \q2 memaa wɔn anisoadehu bebree \q2 na mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.” \q1 \v 11 Gilead yɛ otirimɔdenfo ana? \q2 Emu nnipa no yɛ ahuhufo! \q1 Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana? \q2 Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ abo \q2 a wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so. \q1 \v 12 Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so; \q2 Israel som de nyaa ɔyere, \q2 ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa. \q1 \v 13 \nd Awurade\nd* nam odiyifo so \q2 yii Israel fii Misraim, \q2 ɔnam odiyifo so hwɛɛ no. \q1 \v 14 Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw; \q2 nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no so \q1 na obetua nʼanimtiaabu no so ka. \c 13 \s1 \nd Awurade\nd* Abufuw A Etia Israel \q1 \v 1 Sɛ Efraim kasa a, na nnipa ho popo; \q2 wɔma no so wɔ Israelman mu. \q2 Nanso Baalsom nti, onyaa afɔbu na owui. \q1 \v 2 Afei wɔkɔ so yɛ bɔne ara; \q2 wɔde wɔn dwetɛ yɛ ahoni ma wɔn ho, \q1 nsɛsode no nyinaa no. \q2 Adwumfo no nam nyansakwan so na ayeyɛ. \q1 Wɔka nnipa yi ho asɛm se, \q2 “Wɔde nnipa bɔ afɔre \q2 na wofew nantwimma ahoni ano.” \q1 \v 3 Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum \q2 sɛ anɔpa bosu a etu yera, \q1 sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea \q2 sɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ. \b \q1 \v 4 “Nanso mene \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn, \q2 a miyii wo fii Misraim. \q1 Nnye Onyankopɔn biara nto mu sɛ me, \q2 anaa Ogyefo biara sɛ me. \q1 \v 5 Mehwɛɛ wo wɔ nweatam so, \q2 asase a so yɛ hyew yiye no so. \q1 \v 6 Memaa wɔn aduan no, wodi mee; \q2 wɔmee no, wɔyɛɛ ahantan; \q2 na wɔn werɛ fii me. \q1 \v 7 Enti mɛtow ahyɛ wɔn so sɛ gyata, \q2 mɛtɛw wɔn wɔ akwan ho sɛ ɔsebɔ. \q1 \v 8 Mɛtow ahyɛ wɔn so na matetew wɔn mu \q2 te sɛ sisi bi a wɔawia ne mma. \q1 Mɛwe wɔn te sɛ gyata; \q2 wuram aboa besunsuan wɔn mu. \b \q1 \v 9 “Wɔasɛe wo, Israel, \q2 efisɛ woasɔre atia me, \q2 me a meyɛ wo boafo. \q1 \v 10 Wo hene wɔ he na wabegye wo? \q2 Wo sodifo a wɔwɔ wo nkurow nyinaa so no wɔ he, \q1 wɔn a wokaa faa wɔn ho se, \q2 ‘Ma me ɔhene ne ahenemma’ no? \q1 \v 11 Enti mʼabufuw mu, memaa wo ɔhene, \q2 na mʼanibere mu no, miyii no hɔ. \q1 \v 12 Efraim afɔdi no wɔaboaboa ano \q2 wɔakyerɛw ne bɔne agu hɔ. \q1 \v 13 Ɔbɛte ɔyaw te sɛ ɔbea a ɔreko awo, \q2 na abofra no nnim nyansa nti; \q1 sɛ bere no du a, \q2 ɔmma awotwaa no ano. \b \q1 \v 14 “Mɛpata agye wɔn afi ɔda tumi mu. \q2 Megye wɔn afi owu nsam. \q1 Owu, wo nwowɔe wɔ he? \q2 Asaman, wo sɛe wɔ he? \b \q1 “Merennya ayamhyehye biara, \q2 \v 15 mpo sɛ ɔyɛ yiye wɔ ne nuanom mu a. \q1 Apuei mframa a efi \nd Awurade\nd* hɔ bɛba, \q2 ɛbɛbɔ afi nweatam so; \q1 osu rentɔ asusowbere \q2 na nʼabura bɛyow. \q1 Wɔbɛfom ne koradan mu nneɛma \q2 nea ɛsom bo no nyinaa. \q1 \v 16 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria gye wɔn afɔdi to mu, \q2 efisɛ wɔayɛ dɔm atia wɔn Nyankopɔn. \q1 Wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano; \q2 wɔbɛtotow wɔn mmofra ahwehwe fam, \q2 wɔn mmaa a wɔanyinsɛn nso wɔbɛpaapae wɔn mu.” \c 14 \s1 Ahonu De Nhyira Ba \q1 \v 1 Israel, san wʼakyi kɔ \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn nkyɛn. \q2 Wʼasehwe fi wo bɔne! \q1 \v 2 Fa wo nsɛm a wowɔ \q2 san kɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn. \q1 Ka kyerɛ no se, \q2 “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, \q1 na fa ahummɔbɔ gye yɛn, \q2 na yɛatumi ayi wo ayɛ. \q1 \v 3 Asiria rentumi nnye yɛn; \q2 yɛrentena akofo apɔnkɔ so. \q1 Yɛrenka bio da se, ‘Yɛn anyame’ \q2 nkyerɛ nea yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, \q2 na wo mu na ayisaa nya mmɔborɔhunu.” \b \q1 \v 4 “Mɛsa wɔn asoɔden yare. \q2 Mefi me koma mu adɔ wɔn, \q2 efisɛ mʼabufuw nni wɔn so bio. \q1 \v 5 Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel. \q2 Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ sukooko. \q1 Te sɛ Lebanon sida no, \q2 ɔde ne ntin betim fam; \q2 \v 6 ne mman bɛdennan. \q1 Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngodua, \q2 na ne hua ayɛ sɛ Lebanon sida. \q1 \v 7 Nnipa bɛtena ne nwini ase bio. \q2 Obenyin ayɛ frɔmfrɔm te sɛ aburow. \q1 Ɔbɛfefɛw ayɛ frɔmfrɔm te sɛ bobe, \q2 na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsa a efi Lebanon. \q1 \v 8 Efraim dɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? \q2 Megye no so na mʼani aku ne ho. \q1 Mete sɛ dua a nʼahaban mpo; \q2 sɛ wobɛsow aba a, egyina me so.” \b \q1 \v 9 Hena ne onyansafo? Obehu eyinom mu. \q2 Hena na ɔwɔ nhumu? Ɔbɛte eyinom ase. \q1 \nd Awurade\nd* akwan teɛ. \q2 Atreneefo nantew so, \q2 nanso asoɔdenfo hintiw wɔ mu.