\id HEB - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Hebrifo \toc1 Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa Hebrifo \toc2 Hebrifo \toc3 Heb \mt2 Nhoma A Wɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Hebrifo \c 1 \s1 Onyankopɔn Akasa \p \v 1 Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no. \v 2 Mmom, mmere a edi akyiri no de,\f + \fr 1.2 \fr*\ft Mmere a bɔhyɛ a wodii ho dwuma wɔ Apam Dedaw mu no baa mu.\ft*\f* ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de. \v 3 Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. \v 4 Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no. \p \v 5 Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se, \q1 “Woyɛ me Ba; \q2 nnɛ mayɛ wʼAgya.” \q1 Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se, \q2 “Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba.” \m \v 6 Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se, \q1 “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.” \m \v 7 Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ, \q1 “Onyankopɔn soma nʼabɔfo sɛ mframa, \q2 na ɔsoma nʼasomfo sɛ gyaframa.” \m \v 8 Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se, \q1 “Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; \q2 wʼAhenni yɛ atɛntrenee. \q1 \v 9 Wodɔ trenee, na wukyi bɔne, \q2 ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so, \q2 na ɔde anigye ngo asra wo.” \m \v 10 Onyankopɔn san kae se, \q1 “Mfiase no wotoo asase fapem, \q2 na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. \q1 \v 11 Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa; \q2 wɔbɛtetew sɛ atade. \q1 \v 12 Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama; \q2 na wɔbɛsesa no sɛ ntade. \q1 Nanso wote sɛnea wote, \q2 na wo mfe to rentwa da.” \m \v 13 Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se, \q1 “Montena me nifa so \q2 nkosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ \q2 mo anan ase ntiaso.” \m \v 14 Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no. \c 2 \s1 Kristo Kaa Owu Hwɛ Maa Yɛn Nyinaa \p \v 1 Eyi nti na ɛsɛ sɛ yeso nokware a yɛate no mu dennen, sɛnea ɛbɛyɛ a biribi rentu yɛn aso. \v 2 Nsɛm a abɔfo no kae no yɛ nokware, enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no. \v 3 Na sɛ yɛantie saa nkwagye yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan? Awurade no ankasa na odii kan kaa saa nkwagye yi ho asɛm na wɔn a wotiee no no ama yɛahu sɛ ɛyɛ nokware. \v 4 Saa bere koro no ara mu na Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwadwuma so dii ho adanse. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛnea ɔpɛ. \p \v 5 Onyankopɔn amma abɔfo anni wiase a na wayɛ nʼadwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa wiase a yɛka ho asɛm no. \v 6 Na mmom wɔaka wɔ Kyerɛwsɛm no mu baabi se, \q1 “Onipa ne hena a wokae no; \q2 na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho? \q1 \v 7 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo; \q2 na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri, \q2 \v 8 sɛ onni nneɛma nyinaa so.” \m Ɛka se Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ, “Nneɛma nyinaa sodifo,” eyi da no adi sɛ biribiara ka ho. Nanso yenhu sɛ mprempren onipa di nneɛma nyinaa so. \v 9 Nanso yehu Yesu! Mmere tiaa bi, wɔbɔɔ no hyɛɛ abɔfo ase sɛnea ɛbɛyɛ a esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti ɛsɛ sɛ owu ma nnipa nyinaa no. Yehu no sɛ esiane owu a owui no nti, wɔahyɛ no anuonyam. \p \v 10 Eye sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa na ɔhwɛ so no bɛma Yesu afa nʼamanehunu no mu ayɛ pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma nyinaa akɔ saa anuonyam no mu bi. Efisɛ Yesu no nko ara ne Onipa a obedi wɔn anim akɔ nkwagye no mu. \v 11 Ɔma nnipa yɛ kronkron fi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno nti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. \v 12 Ɔka se, \q1 “Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom, \q2 mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.” \m \v 13 Ɔsan ka bio se, \q1 “Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.” \m Na ɔno nso ka se, \q1 “Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no ni.” \p \v 14 Esiane sɛ mma no wɔ ɔhonam ne mogya nti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne wu no so bɛsɛe ɔbonsam a okura owu tumi no ahoɔden. \v 15 Na ɔnam so agye wɔn a esiane sɛ wosuro owu nti, wɔayɛ akoa wɔ wɔn asetena nyinaa mu no. \v 16 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfo na ɔboa wɔn. Na mmom sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefo.”\f + \fr 2.16 \fr*\ft Kristo begyee Abraham asefo a wɔwɔ gyidi sɛ Abraham no. (\+xt 1 Mose 12.2-3\+xt*)\ft*\f* \v 17 Eyi kyerɛ sɛ ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn Sɔfopanyin nokwafo ne mmɔborɔhunufo wɔ Onyankopɔn som mu, na anam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn. \v 18 Enti afei, obetumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ no, efisɛ wɔsɔɔ ɔno ankasa hwɛe, ma ohuu amane. \c 3 \s1 Yesu So Sen Mose \p \v 1 Me nuanom akronkronfo a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a yegye no to mu sɛ Ɔsomafo no ho. \v 2 Na odii Onyankopɔn a oyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware wɔ Onyankopɔn fi no. \v 3 Wɔahu sɛ Yesu fata anuonyam sen Mose, sɛnea onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa no. \v 4 Ofi biara obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa. \v 5 Mose dii Onyankopɔn nokware sɛ ɔsomfo wɔ ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. \v 6 Nanso Kristo de, odi nokware sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidi wɔ yɛn anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi no.\f + \fr 3.6 \fr*\ft Ofi no yɛ Onyankopɔn nnipa fifo. (\+xt Efe 2.19; 1 Pe 2.5\+xt*)\ft*\f* \p \v 7 Enti Honhom Kronkron no ka se, \q1 “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a, \q2 \v 8 monnyɛ asoɔden \q1 te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; \q2 sɛnea moyɛɛ da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no. \q1 \v 9 Ɛhɔ na mo nenanom sɔɔ no hwɛe, \q2 nanso wohuu nea meyɛɛ no mfe aduanan mu no. \q1 \v 10 Ne saa nti me bo fuw saa nnipa no, na mekae se, \q2 ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, \q2 na wɔanhu mʼakwan.’ \q1 \v 11 Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se, \q2 ‘Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.’ ” \p \v 12 Me nuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni a ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho. \v 13 Na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu ebinom na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho wɔ mmere dodow a asɛm “Nnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no. \v 14 Na sɛ yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfiase no a na yɛwɔ kyɛfa wɔ Kristo mu. \v 15 Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a, \q2 monnyɛ asoɔden \q2 te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.” \p \v 16 Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa. \v 17 Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mfirihyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwuu wɔ sare so no. \v 18 Bere a Onyankopɔn kaa ntam se, “Wɔremma me home mu da” no, na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no. \v 19 Afei, yehu sɛ wɔantumi ankɔ ɔhome no mu, efisɛ wɔannye anni. \c 4 \s1 Homebea Foforo \p \v 1 Afei esiane sɛ bɔhyɛ a ɛfa ne mu home ho no da so gyina hɔ nti, momma yɛnhwɛ yiye na mo mu bi antɔ sin wɔ mu. \v 2 Efisɛ wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn sɛnea wɔka kyerɛ wɔn no. Nanso wɔammu asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no, efisɛ wɔn a wotiee no no annye anni. \v 3 Na yɛn a yɛagye adi no nko ara na yɛkɔ saa ɔhome no mu\f + \fr 4.3 \fr*\ft Sɛnea wɔrewura Kanaan akogye ɔhome a gyidi wɔ mu no, saa ara na nkwagye no nso te.\ft*\f* \q1 sɛnea Onyankopɔn aka se, “Enti mifi mʼabufuw mu ka ntam se, \q2 ‘Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da.’ ” \m Ɔkaa saa asɛm yi de, nanso efi bere a ɔbɔɔ wiase no, na wawie ɔhome dwumadi no dedaw. \v 4 Na Kyerɛwsɛm no mu baabi wɔ hɔ a wɔka biribi fa da a ɛto so ason no ho se, “Da a ɛto so ason no, Onyankopɔn home fii ne nnwuma nyinaa mu.” \v 5 Wɔkaa saa asɛm koro yi ara bio se, “Wɔrenhyɛn asase a anka mede wɔn rekɔ so no mu da.” \p \v 6 Wɔn a wodii kan tee Asɛmpa no annya saa ahome no, efisɛ wɔannye anni. Afoforo bi nso wɔ hɔ a wama wɔn kwan sɛ wonnya ɔhome no. \v 7 Enti Onyankopɔn aka se wayi da bi ato hɔ a wɔfrɛ no “Nnɛ.” Mfe bebree akyi no, ɔnam Dawid so kaa wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, \q1 “Nnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a \q2 mummpirim mo koma.” \m \v 8 Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyiri no Onyankopɔn anka da foforo ho asɛm. \v 9 Sɛnea ɛte no, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo, sɛnea Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no. \v 10 Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afi nʼankasa ne nnwuma mu, sɛnea Onyankopɔn home fii ne nnwuma mu no. \v 11 Enti momma yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yɛatumi akɔ Onyankopɔn home mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu bi yɛ asoɔden sɛnea wɔyɛɛ asoɔden a enti wɔankɔ mu no. \p \v 12 Onyankopɔn asɛm\f + \fr 4.12 \fr*\ft Yesu na obeyii Onyankopɔn ho nokwasɛm adi (Asɛm Kronkron no. \+xt Yoh 1.1,14\+xt*)\ft*\f* yɛ nkwa, na ahoɔden wɔ mu. Ɛyɛ nnam sen afoa anofanu. Ehwirew mu kosi sɛ ɛpaapae honhom ne ɔkra, apɔw so ne hon mu. Ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo. \v 13 Biribiara nni hɔ a wɔde sie Onyankopɔn ma ɛyɛ yiye. Abɔde mu biribiara da nʼanim na ɔno na ɛsɛ sɛ yebu ho akontaa kyerɛ. \s1 Yesu Yɛn Sɔfopanyin \p \v 14 Ɛno nti, momma yenso gyidi a yɛka ho asɛm no mu den. Efisɛ yɛwɔ Ɔsɔfopanyin kɛse wɔ Onyankopɔn anim. \v 15 Yenni Ɔsɔfopanyin bi a ontumi nhwɛ yɛn mmerɛwyɛ ho nhu yɛn mmɔbɔ. Yɛwɔ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ akwan ahorow nyinaa so sɛ yɛn ara, nanso wanyɛ bɔne. \v 16 Momma yensi yɛn bo na yɛmmra\f + \fr 4.16 \fr*\ft Esiane sɛ Kristo, yɛn Sɔfopanyin ahyia sɔhwɛ nti, wasiesie ne ho sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ biara a, ɔde ahummɔbɔ bɛboa yɛn. (\+xt 2.10\+xt*)\ft*\f* Onyankopɔn ahengua a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔbɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu. \c 5 \p \v 1 Woyii Ɔsɔfopanyin biara fii nnipa bi mu na wasi wɔn anan mu de wɔn akyɛde ne wɔn bɔne ho afɔre asom Onyankopɔn. \v 2 Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛw wɔ akwan ahorow pii so no nti, otumi tɔ ne bo ase ma wɔn a wonnim na wɔyɛ mfomso no. \v 3 Ne mmerɛwyɛ nti, sɛ ɔrebɔ bɔne ho afɔre a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ma ne ho ne afoforo nso. \v 4 Obiara ntumi nyi ne ho mfa nhyɛ ne ho anuonyam\f + \fr 5.4 \fr*\ft Kristo bere so no, na Ɔsɔfopanyin dibea no da abusuakuw bi mu.\ft*\f* sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Onyankopɔn frɛ nko na onipa nam so bɛyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea wɔfrɛɛ Aaron no. \p \v 5 Saa ara nso na Kristo annye anto ne ho so sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin amfa anhyɛ ne ho anuonyam. Na mmom Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, \q1 “Woyɛ me Ba; \q2 nnɛ, mayɛ wʼAgya.” \m \v 6 Ɔsan kaa wɔ baabi foforo se, \q1 “Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa \q2 sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.” \p \v 7 Yesu baa ɔhonam mu wɔ asase so no, ɔbɔɔ mpae nam nkotosrɛ so de nʼabisade too Onyankopɔn a obetumi agye no afi owu mu no anim. Esiane sɛ odwo na ɔde ne ho nyinaa som no no nti, Onyankopɔn tiee no. \v 8 Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ahobrɛase. \v 9 Na owiee pɛyɛ no, wɔn a wotie no no nam ne so nya nkwagye a enni awiei, \v 10 na Onyankopɔn ada no adi sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no. \p \v 11 Yɛwɔ eyi ho nsɛm pii ka, nanso emu kyerɛkyerɛ yɛ den, efisɛ mo ntease yɛ den. \v 12 Moayɛ nkyerɛkyerɛ adwuma no akyɛ, nanso ɛsɛ sɛ munya obi ma ɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn ho asɛm fi ne mfiase. Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi mudi aduan a ɛyɛ den, nanso nufusu na eye ma mo. \v 13 Obiara a nufusu ye ma no no da so yɛ akokoaa a onnim nea eye ne nea enye. \v 14 Aduan a ɛyɛ den ye ma mpanyimfo a wɔatetew wɔn na wɔahu nsonoe a ɛda papa ne bɔne ntam no. \c 6 \p \v 1 Momma yennyae Kristo mfiase ho nkyerɛkyerɛ na yensua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yenu yɛn ho wɔ nneyɛe a ɛde owu brɛ yɛn ne nea enti a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi no ho. \v 2 Ɛho nhia nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔre ne daa atemmu ho nsɛm bio. \v 3 Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma kwan a saa ara na yɛbɛyɛ. \s1 Ɔpo Ho Amanehunu \p \v 4 Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsan de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛde hwɛe, na wonyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu. \v 5 Wofi osuahu mu ahu sɛ Onyankopɔn asɛm ye, na wɔahu wiase a ɛreba no mu tumi. \v 6 Nanso ɛno akyi no wɔhwee ase. Enti ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsan aba bio sɛ wommenu wɔn ho, efisɛ wɔresan abɔ Onyankopɔn Ba no asennua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ. \v 7 Onyankopɔn hyira asase a ɛnom osu a ɛtɔ gu so na ɛma afifide yɛ yie ma wɔn a wɔn nti woduae no. \v 8 Na sɛ nsɔe ne nwura hunu fifi wɔ so a, enye mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no. \p \v 9 Nanso me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yenim pefee sɛ ade pa bi a nkwagye bata ho befi mo mu aba. \v 10 Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ. Ne werɛ remfi adwuma a moyɛe anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfo Kristofo na mugu so de boa wɔn no. \v 11 Nea yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka ade a mo ani da so no. \v 12 Yɛmpɛ sɛ moyɛ anihaw. Na mmom, yɛpɛ sɛ yehu mo sɛ agyidifo a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no. \s1 Abraham So Nhwɛso \p \v 13 Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa nea wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sen no no nti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. \v 14 Ɔkaa ntam no se, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mehyira wo na mama wʼase adɔ.” \v 15 Na Abraham wɔ ntoboase nti, ne nsa kaa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no. \p \v 16 Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sen no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. \v 17 Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no se ɔrensesa nʼatirimsɛm, nti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den. \v 18 Saa nneɛma abien yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atoro. Enti yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenso yɛn anidaso no mu yiye. \v 19 Yɛwɔ saa anidaso yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Etim hɔ, na ɛma yɛhyɛn tra ntwamtam no kosi Kronkron mu Kronkron hɔ. \v 20 Yesu asi yɛn anan mu adi yɛn kan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanyin afebɔɔ sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no. \c 7 \s1 Ɔkɛse Melkisedek \p \v 1 Na saa Melkisedek yi yɛ Salemhene, na ɔsan yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo. Bere a Abraham fi ɔko a okum ahemfo ano reba no, Melkisedek hyiaa no hyiraa no. \v 2 Abraham maa no nʼasade no mu nkyɛmu du mu baako. Melkisedek din no nkyerɛase a edi kan no ne Trenee Hene. Esiane sɛ na ɔyɛ Salem hene no nti, wɔkyerɛɛ ne din no ase sɛ Asomdwoe hene. \v 3 Obi nnim Melkisedek agya, ne na, ne ne mpanyimfo ho asɛm. Saa ara na obi nnim nʼawo ne ne wu nso ho asɛm. Ɔsɛ Onyankopɔn Ba, na ɔda so yɛ ɔsɔfo daadaa. \p \v 4 Eyi di ho adanse sɛ na ɔyɛ onipa kɛse a Agya Abraham mpo tumi ma no nʼasade mu nkyɛmu du mu baako. \v 5 Nanso Lewi asefo a wɔyɛ asɔfo no Mmara na ɛhyɛ wɔn sɛ wonnye nkyɛmu du mu baako mfi wɔn ara wɔn nkurɔfo Israelfo a wɔn nso yɛ Abraham asefo no nkyɛn. \v 6 Melkisedek nyɛ Lewi aseni, nanso ogyee nkyɛmu du mu baako fii Abraham nkyɛn hyiraa no ma onyaa Onyankopɔn bɔhyɛ no. \v 7 Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɔma nhyira so sen nea ogye nhyira. \v 8 Wɔde nnipa akatua nkyɛmu du mu baako ma asɔfo a wowu, gye Melkisedek a Kyerɛwsɛm no ka se ɔte ase. \v 9 Enti nokware, Abraham tuaa nkyɛmu du no, Lewi a nʼasefo gye nkyɛmu du no nso nam Abraham so tuaa bi maa Melkisedek. \v 10 Na wɔnwoo Lewi ɛ, nanso esiane sɛ na ɔhyɛ ne nena Abraham mu saa bere no a Melkisedek hyiaa no no nti na otuae. \p \v 11 Esiane Lewi asɔfodi nti na wɔde Mmara no maa Israelfo. Ɛno nti sɛ Lewifo asɔfodi no tumi de pɛyɛ brɛ nnipa a, anka ho nhia sɛ wɔbɛfa ɔsɔfo foforo bi sɛ Melkisedek a omfi Aaron abusua mu. \v 12 Sɛ ɛba sɛ asɔfodi no sesa a, ɛma ho mmara no nso sesa. \v 13 Nanso yɛn Awurade a wɔka saa asɛm yi nyinaa fa ne ho no fi abusua foforo mu. Ne busuani biara nnii ɔsɔfo wɔ afɔremuka ho da. \v 14 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ wɔwoo no too Yuda abusua mu, na Mose kaa asɔfo ho asɛm no nso, wammɔ nʼabusua din da. \v 15 Asɛm no da ne ho adi pefee, efisɛ ɔsɔfo foforo bi aba a ɔte sɛ Melkisedek. \v 16 Ɔno de, ɛnnam onipa mmara so na wɔhyɛɛ no ɔsɔfo, na mmom wɔnam nkwa a enni awiei tumi so na ɛyɛɛ no ɔsɔfo. \v 17 Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Wobɛyɛ ɔsɔfo akosi daa \q2 sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no.” \p \v 18 Wɔatow mmara dedaw no akyene, efisɛ sintɔ bi wɔ mmara no mu, na so nni mfaso nso, \v 19 efisɛ Mose Mmara no antumi amma biribiara anni mu, na wɔde anidaso pa bi a yɛnam so bɛn Onyankopɔn aba. \p \v 20 Na wɔanyɛ a ntanka nka ho. Bere a ɔhyɛɛ Aaron asefo asɔfo no, na ntam a ɛte saa nni hɔ. \v 21 Yesu de, ɔnam ntam so bɛyɛɛ ɔsɔfo bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, \q1 “Awurade aka ntam; \q2 na ɔrensesa nʼadwene a ese, \q2 ‘Wobɛyɛ ɔsɔfo daa nyinaa no.’ ” \m \v 22 Saa ntam yi nti, Yesu gyina mu ma yɛn, na ɛma yɛne Onyankopɔn apam no di mu. \p \v 23 Nsonoe foforo bi nso wɔ hɔ. Na saa asɔfo no dɔɔso, efisɛ na wowuwu a wontumi ntoa wɔn adwuma so. \v 24 Nanso esiane sɛ Yesu wɔ hɔ daa no nti, ɔwɔ asɔfodi a ɛtena hɔ daa. \v 25 Enti otumi gye wɔn a wɔnam ne so ba Onyankopɔn nkyɛn no nnɛ ne daa, efisɛ, ɔte hɔ daa srɛ Onyankopɔn ma wɔn. \p \v 26 Yesu ne Ɔsɔfopanyin a ɔboa yɛn wɔ yɛn ahiasɛm mu. Ɔyɛ kronkron. Onni mfomso biara wɔ ne mu, na ɔnyɛ bɔne. Wɔatew no afi nnebɔneyɛfo ho na wɔama no so aboro ɔsoro so. \v 27 Ɔnte sɛ asɔfo mpanyin a wɔaka no a, daa afɔre a wɔbɔ no kan no wɔbɔ wɔ wɔn bɔne a wayɛ ho ansa na afei, wabɔ afoforo de no. Ɔbɔɔ afɔre baako pɛ a ɔde ne ho na ɛbɔe. \v 28 Mose Mmara no yi nnipa a wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfo mpanyin, nanso Onyankopɔn bɔ a ɔde ntam kaa ho no a ɛbaa wɔ Mmara no akyi no yii Ɔba no a ɔyɛ pɛ daa nyinaa no. \c 8 \s1 Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔre \p \v 1 Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ ɔsoro no ahengua no nifa, \v 2 na ɔsom sɛ Ɔsɔfopanyin wɔ Kronkronbea a ɛyɛ nokware ntamadan a ɛnyɛ onipa biara na osii, sɛ Awurade no mu hɔ. \p \v 3 Woyi Ɔsɔfopanyin biara sɛ ɔmfa akyɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre. \v 4 Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ asɔfo wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔde ma, sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no. \v 5 Nanso dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea merekyerɛ wo wɔ bepɔw no so pɛpɛɛpɛ.” \v 6 Afei de, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛe no ntamgyinafo. \p \v 7 Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no. \v 8 Nanso Onyankopɔn huu mfomso wɔ ne nkurɔfo ho bere a ɔkae se, \q1 “Nna bi reba, Awurade na ose, \q2 a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuw \q2 bɛhyehyɛ apam foforo. \q1 \v 9 Ɛrenyɛ sɛ apam a \q2 me ne wɔn agyanom yɛɛ no \q1 bere a misoo wɔn nsa \q2 dii wɔn anim fii Misraim no. \q1 Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no ho nokware, \q2 ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn, \q2 Awurade na ose. \q1 \v 10 Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ wɔ \q2 bere a ɛreba no mu, Awurade na ose: \q1 Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu \q2 na makyerɛw agu wɔn koma mu. \q1 Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn \q2 na wɔayɛ me nkurɔfo. \q1 \v 11 Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko \q2 anaa ne kuromni se, ‘Hu Awurade!’ \q1 Efisɛ wɔn nyinaa behu me fi \q2 akumaa so kosi ɔkɛse so. \q1 \v 12 Mehu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn bɔne ho; \q2 na merenkae wɔn bɔne bio.” \s1 Nhyehyɛe Dedaw No \p \v 13 Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no ama nea wɔyɛɛ kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera. \c 9 \p \v 1 Na apam a edi kan\f + \fr 9.1 \fr*\ft Apam a wɔyɛɛ wɔ Sinai no (\+xt 8.3\+xt*)\ft*\f* no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ baabi a nnipa asiesie a wɔsom. \v 2 Wosii ntamadan a wɔatwa mu abien. Ɔdan a edi kan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɔpon ne brodo a wɔatew ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ. \v 3 Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no, \v 4 na sika aduhuamyɛfo afɔremuka ne Apam Adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron pema a ɛfefɛwee ne apam bopon no wɔ. \v 5 Adaka no so hɔ nso na anuonyam Kerubim a wɔatrɛw wɔn ntaban mu akata adaka no nkataso no so si. Nanso yɛrentumi nka nneɛma yi ho asɛm nkɔ akyiri mprempren. \p \v 6 Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Da biara na asɔfo no kɔ ɔdan a edi kan no mu kɔyɛ wɔn adwuma; \v 7 nanso na Ɔsɔfopanyin no nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ pɛnkoro pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ ɔno ankasa ne ne nkurɔfo mfomso ho afɔre ka ne ho kɔ. \v 8 Honhom Kronkron no nam saa ɔkwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, wonnya mmuee ɔkwan a wɔde kɔ Kronkron mu Kronkron hɔ wɔ bere a Ntamadan no ne mu nneɛma da so wɔ hɔ. \v 9 Ɛyɛ mfonitwa ma nnɛ bere yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛde ne mmoa a na wɔde bɔ afɔre ma Onyankopɔn no rentumi mma wɔn a wɔsom no koma mu nyɛ kronkron. \v 10 Wɔde nnuan, anonne ne nneɛma ahorow a wɔde dwira wɔn ho na edi dwuma no. Eyi yɛ ɔhonam fam nhyehyɛe a ɛyɛ adwuma kosi bere a nhyehyɛe foforo bɛba. \p \v 11 Nanso Kristo aba dedaw sɛ Ɔsɔfopanyin ama nneɛma pa a yɛwɔ dedaw yi. Ntamadan a ɔsom wɔ mu no so, na edi mu kyɛn dedaw no. Ɛnyɛ nnipa na wɔyɛe. Afei nso emfi adebɔ yi mu. \v 12 Bere a Kristo kɔɔ ntamadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkoro no, wamfa mmirekyi ne anantwi mogya na ɛkɔbɔɔ afɔre. Mmom, ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔre de gyee nkwa a enni awiei maa yɛn. \s1 Nhyehyɛe Foforo No \p \v 13 Na sɛ mmirekyi ne anantwinini mogya ne anantwibere nsõ a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi tew wɔn ho kɔ ɔhonam ahofi mu a, \v 14 mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom so, de ne ho bɔɔ afɔre a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ho mfi nnwuma bɔne mu, na monkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no ana? \p \v 15 Eyi nti na Kristo yɛ apam foforo no ntamgyinafo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no benya nhyira a enni awiei sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Eyi aba saa, efisɛ owu bi asi a egye nnipa fi wɔn bɔne a wɔyɛɛ bere a na wɔwɔ apam a edi kan no mu no mu. \p \v 16 Sɛ nsamansew bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wotumi kyerɛ sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa nsamansew no awu. \v 17 Sɛ onipa a ɔhyɛɛ nsamansew no te ase a, saa nsamansew no nka hwee. Bere a wawu no na ɛka biribi. \v 18 Ɛno nti na apam a edi kan no wɔnam mogya so na wɔhyɛɛ no den no. \v 19 Nea edi kan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa, sɛnea ɛwɔ mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwi mma mogya ne nsu ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma mmobɔwee no ne nnipa no nyinaa so \v 20 kae se, “Eyi ne mogya a ɛsɔw apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ munni so no ano.” \v 21 Saa ara na Mose petee mogya guu ntamadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so ne no. \v 22 Nokware, sɛnea mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na etumi tew ade nyinaa ho, na saa ara nso na gye sɛ mogya ahwie agu ansa na bɔnefakyɛ aba. \p \v 23 Saa ɔkwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsode no ho tew. Nanso, ɔsoro nneɛma\f + \fr 9.23 \fr*\ft (\+xt 8.5\+xt*) Sɛnea na ɛho hia sɛ wɔde mmoa tew kronkron ho no, saa ara ne na ɛho hia sɛ ɔsoro kronkron nso, wɔde afɔre a ɛkyɛn mmoa de a ɛyɛ Yesu Kristo no ankasa no tew ho.\ft*\f* no ankasa de, afɔre a eye kyɛn eyinom na wɔde tew ho. \v 24 Efisɛ Kristo ankɔ kronkronbea a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann ho nhwɛso no hɔ. Ɔkɔɔ ɔsoro ankasa na osi yɛn anan mu wɔ Onyankopɔn anim hɔ. \v 25 Afe biara Yudafo Sɔfopanyin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa. \v 26 Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka efi adebɔ mfiase no, obehu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awiei, na ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so apepa bɔne. \v 27 Ɛsɛ sɛ obiara wu prɛko pɛ, na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. \v 28 Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre baako pɛ de gyee dodow no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔremmegye nnebɔneyɛfo na mmom, ɔbɛba abegye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa. \c 10 \s1 Nsonoe A Ɛda Foforo Ne Dedaw No Ntam \p \v 1 Mmara no yɛ nneɛma pa nsusuwso a ɛreba, na mmom ɛnyɛ nneɛma pa no ankasa nen. Wɔbɔ afɔre koro no ara afe biara, efisɛ saa afɔre koro a wɔbɔ no afe afe no rentumi mma nnipa a wɔsom no nyɛ pɛ da. \v 2 Sɛ nnipa a wɔresom Onyankopɔn no tumi fi wɔn bɔne mu yɛ pɛ a, ɛno de anka wɔrenni bɔne ho fɔ bio, na ne saa nti afɔrebɔ nyinaa to betwa. \v 3 Nea saa afɔrebɔ yi yɛ ne sɛ, ɛkae wɔn wɔn bɔne afe biara. \v 4 Anantwi ne mmirekyi mogya rentumi mpepa bɔne. \p \v 5 Esiane saa nti, bere a Kristo rebɛba wiase no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se: \q1 “Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde \q2 nanso woasiesie ɔhonam ama me. \q1 \v 6 Wʼani nnnye \q2 ɔhyew ne bɔne afɔre anaa afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne ho. \q1 \v 7 Afei mekae se, ‘Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ \q2 sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mmara nhoma no mu no.’ ” \m \v 8 Kan no ɔkae se, “Wompɛ, na wʼani nso nnnye afɔrebɔ ne ayɛyɛde a wɔde pepa bɔne ho.” Ɛwɔ mu, na Mmara no kyerɛ sɛ wɔnyɛ saa. \v 9 Na ɔkae se, “Mewɔ ha rebɛyɛ nea wopɛ sɛ meyɛ.” Ɛno nti, Onyankopɔn agu tete afɔrebɔ no nyinaa na ɔde Kristo afɔrebɔ no asi anan mu. \v 10 Esiane sɛ Yesu Kristo yɛɛ sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no nti, ɔnam ne honam a ɔde bɔɔ afɔre prɛko maa yɛn no so ama yɛn ho atew afi bɔne ho. \p \v 11 Da biara Yudani sɔfo sɔre yɛ nʼasɔfodwuma na wabɔ afɔre mpɛn pii. Nanso saa afɔre yi rentumi mpepa bɔne. \v 12 Kristo de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre. Afɔre a ɛtena hɔ daa nyinaa. Na ɛno akyi, ɔtenaa Onyankopɔn nifa so. \v 13 Ɛhɔ na ɔretwɛn mprempren kosi sɛ Onyankopɔn bɛma nʼatamfo ayɛ nʼanan ase ntiaso. \v 14 Ɔnam afɔrebɔ baako so ama nnebɔneyɛfo ho atew daa nyinaa. \p \v 15 Na Honhom Kronkron no nso di adanse. Nea edi kan no, ɔka se, \q1 \v 16 “Eyi ne apam a me ne wɔn bɛpam \q2 wɔ bere a ɛreba no mu. Awurade na ose: \q1 Mede me mmara bɛhyɛ wɔn koma mu \q2 na makyerɛw agu wɔn adwene mu.” \m \v 17 Na afei waka se, \q1 “Merenkae wɔn bɔne \q2 ne wɔn amumɔyɛ bio.” \m \v 18 Sɛ wɔde eyinom nyinaa kyɛ a, na afɔre a wɔbɔ de pepa bɔne no ho nhia bio. \s1 Momma Yɛmmɛn Onyankopɔn \p \v 19 Anuanom, esiane Yesu wu no nti, yɛade yɛn ho koraa sɛ yɛbɛkɔ Kronkronbea hɔ. \v 20 Ɔnam ɔno ara ne honam so abue ɔkwan foforo a nkwa wɔ mu ama yɛn. \v 21 Yɛwɔ ɔsɔfo kɛse bi a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. \v 22 Momma yɛmfa koma pa ne gyidi a mu yɛ den ntwiw mmɛn Onyankopɔn. Efisɛ wɔde Yesu mogya atew yɛn tiboa afɔbu ho, na wɔde nsu a ɛyɛ kronkron aguare yɛn nipadua. \v 23 Momma yennyina gyidi a yɛaso mu no mu dennen, efisɛ nea ɔhyɛɛ yɛn bɔ no yɛ ɔnokwafo. \v 24 Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. \v 25 Mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛnea afoforo bi yɛ no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denneennen, efisɛ mo ara muhu sɛ ɛrenkyɛ na da no aba. \p \v 26 Sɛ mohyɛ da kɔ so yɛ bɔne a, afɔrebɔ biara nni hɔ a ɛbɛpepa mo bɔne, efisɛ wɔada nokware no adi akyerɛ yɛn. \v 27 Nea ɛwɔ hɔ ma wɔn a wotia Onyankopɔn ara ne atemmu ne ogya a ɛbɛba abɛhyew wɔn no. \v 28 Obiara a obu Mose Mmara no so no, sɛ nnansefo baanu anaa baasa adansedi nti, wobu atɛn tia no a, wobekum no a wɔrenhu no mmɔbɔ. \v 29 Na obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na ɔmmfa Onyankopɔn mogya apam no a egyee no fii bɔne mu no nyɛ hwee anaa nea otiatia Honhom a ɔma adom no anim no, dɛn na ɛbɛto no? Asotwe a onii no benya no nyɛ adewa. \v 30 Yenim sɛ Onyankopɔn kae se, “Me na aweretɔ wɔ me, na me na mitua ka,” na ɔno ara na ɔsan kae se, “Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn.” \v 31 Onyankopɔn a ɔte ase no nsam amanenya yɛ hu. \p \v 32 Monkae ahohia a mokɔɔ mu bere a muhuu hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane. \v 33 Ebi ne sɛ, wɔyeyaw mo mpɛn pii, guu mo anim ase wɔ bagua mu; na ɛtɔ da bi mpo a, na moasiesie mo ho sɛ mobɛka wɔn a wɔrehu amane no ho. \v 34 Mo ne nneduafo daa afiase na wɔfaa mo ahode nyinaa no mpo, munyaa ho boasetɔ, efisɛ munim sɛ ɛyɛ dɛn ara a mowɔ ade pa bi a ɛbɛtena hɔ daa. \v 35 Mommma mo koma ntutu na moanhwere mo akatua. \p \v 36 Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde ama mo nsa aka nea wɔahyɛ mo ho bɔ no. \v 37 Efisɛ \q1 Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛrenkyɛ koraa \q2 na nea ɛsɛ sɛ ɔba no aba; \q2 ɔrentwentwɛn. \m \v 38 Na, \q1 “Nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, \q2 na sɛ ɔtwe ne ho a, \q2 me kra ani rensɔ no.” \m \v 39 Yɛnyɛ nnipa a yɛsan yɛn akyi na yɛyera. Mmom yɛwɔ gyidi na wɔagye yɛn nkwa. \c 11 \s1 Onyankopɔn Ma Gyidi \p \v 1 Gyidi yɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerehyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nhu mu. \v 2 Gyidi a na tetefo no wɔ nti na wonyaa adanse pa. \p \v 3 Gyidi na ɛma yɛte ase sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ wiase. Ɛma yehu sɛ wɔbɔɔ nea wohu fii nea wonhu mu. \p \v 4 Ɛnam gyidi so na Habel bɔɔ afɔre a ɛsɔ ani kyɛn nea Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidi nti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa trenee, na nʼakyɛde no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wui a nnɛ mpo ɔda so kasa. \p \v 5 Gyidi nti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhu owu. Obiara anhu no, efisɛ Onyankopɔn na ɔfaa no kɔe. Kyerɛwsɛm no ka se ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani. \v 6 Obiara a onni gyidi rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidi sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no no. \p \v 7 Gyidi nti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a bi nsii da no ho, otiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a mu na wogyee ɔno ne ne fifo nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu wiase fɔ, na Noa de, ne nsa kaa trenee a wonya fi gyidi mu no. \p \v 8 Gyidi nti na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no no so no, otiei na ɔkɔe. Ogyaw ne man hɔ kɔe a na onnim faako a ɔrekɔ. \v 9 Gyidi nti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔho. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ koro no ara bi tenaa ntamadan mu. \v 10 Nanso na Abraham retwɛn kurow kɛse bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena. \v 11 Gyidi nti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, bere a na wanyin na ontumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so se obedi ne bɔhyɛ so. \v 12 Ɛno nti, ɛwɔ mu sɛ na Abraham regye nna awu de, nanso nʼasefo adɔɔso sɛ wim nsoromma ne mpoano nwea. \p \v 13 Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui. Ɛwɔ mu sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no de, nanso wohuu no wɔ akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase so. \v 14 Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn man. \v 15 Wɔannwene ɔman a wogyaw wɔ wɔn akyi no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wobetumi anya ɔkwan asan wɔn akyi akɔ hɔ. \v 16 Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro man no na na wɔrepere. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Nyankopɔn, efisɛ wasiesie ɔman bi ama wɔn. \p \v 17 Gyidi nti Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔre bere a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛe. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ ɔde ne ba koro no bɛbɔ afɔre. \v 18 Na Onyankopɔn aka akyerɛ no se, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛterɛw.” \v 19 Na Abraham nim sɛ Onyankopɔn betumi anyan awufo afi owu mu, na ɔkwan bi so no, yebetumi aka se Onyankopɔn nyan Isak fii owu mu. \p \v 20 Gyidi nti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena. \p \v 21 Gyidi nti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewu. Obutuw ne pema so sɔree Onyankopɔn. \p \v 22 Gyidi nti na Yosef rebewu no, ɔka kyerɛɛ Israelfo se, wobetu afi Misraim, na ɔhyɛɛ nea sɛ owu a, wɔnyɛ nʼamu no. \p \v 23 Gyidi nti na ɛmaa Mose awo akyi no, nʼawofo de no siee asram abiɛsa no. Wohuu sɛ na ɔyɛ sononko, enti na wɔansuro sɛ wobebu ɔhene no mmara so no. \p \v 24 Gyidi nti na Mose nyin no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babea ba no. \v 25 Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma behu amane sen sɛ obegye nʼani wɔ bɔne mu mmere tiaa bi. \v 26 Osusuw sɛ, sɛ ohu amane ma Kristo a, eye sen agyapade a ɛwɔ Misraim nyinaa, efisɛ na nʼani da ade pa bi so daakye. \v 27 Gyidi nti na ɛmaa Mose tu fii Misraim a na onsuro ɔhene no abufuw. Omiaa nʼani sɛ ɔrensan nʼakyi, efisɛ na wahu Onyankopɔn a obi nhu no no. \v 28 Gyidi nti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apon ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsɛebɔfo no renkum Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima no. \p \v 29 Gyidi nti na ɛmaa Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ sɛnea wɔnam asase kesee so no. Misraimfo no pɛɛ sɛ wotwa bi no, asu no bu faa wɔn so. \p \v 30 Gyidi nti na Israelfo de nnanson twaa Yeriko afasu ho hyia dwiriw gui no. \p \v 31 Gyidi nti na wɔankum aguaman Rahab amfra wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no, efisɛ ogyee akwansrafo no fɛw so. \s1 Gyidi Foforo Bi \p \v 32 Afei dɛn na menka? Bere bebree nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm. \v 33 Wɔnam gyidi so koo amanko, dii nkonim ma wɔn nsa kaa nea Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano, \v 34 dum ogyatannaa, tetew wɔn ho fii afoawu ano. Na wɔyɛ mmerɛw, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den wɔ akono, enti wodii wɔn atamfo so. \v 35 Ɛnam gyidi so ma wonyan mmea bi awufo maa wɔn. Wɔyɛɛ afoforo bi nso ayayade sɛ anka wɔmpa Onyankopɔn na wonnyaa wɔn. Nanso wɔampo Onyankopɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye wusɔre a ɛkyɛn so no. \v 36 Woguu afoforo anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase. \v 37 Wosiw ebinom abo. Wɔde sradaa paee ebinom mu abien, de afoa kum bi. Wokyinkyin sɛ nnipa a nguan ne mmirekyi nwoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho hiaa wɔn na wohuu amane. \v 38 Wiase yi annye amma wɔn. Wokyinkyin sɛ atutenafo wɔ sare ne mmepɔw so, abodan ne asase so abon mu. \p \v 39 Wodii eyinom nyinaa ho adanse pa wɔ wɔn gyidi ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no, \v 40 efisɛ Onyankopɔn wɔ tirimupɔw papa bi ma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbɔ mu anya bɔhyɛ no. \c 12 \s1 Yɛn Agya Nyankopɔn \p \v 1 Yɛn de, yɛwɔ nnansefo bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfi akwanside nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn denneennen no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansi a ɛda yɛn anim no mu. \v 2 Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidi mfiase ne nʼawie gyina ne so no so. Asennua no nti wampa abaw. Esiane anigye a na ɛretwɛn no no nti, animguasewu a owui wɔ asennua so no anhaw no. Enti mprempren ɔte Onyankopɔn ahengua no nifa so. \v 3 Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw. \v 4 Na mo ne bɔne ko mu no, monko nkoduu sɛ mubehwie mogya agu. \s1 Onyankopɔn Asotwe Fata Yɛn \p \v 5 Mo werɛ afi nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo, sɛnea agya kasa kyerɛ ne mma no? Se, \q1 “Me ba, sɛ Awurade teɛ wo a, tie no yiye, \q2 na sɛ ɔka wʼanim a, mpa abaw. \q1 \v 6 Efisɛ obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso \q2 sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.” \p \v 7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, munnhinhim na momfa no sɛ Agya no nteɛso, efisɛ mo amanehunu no kyerɛ nteɛso a Onyankopɔn wɔ ma ne mma. Na dɛn nti na agya ntwe ne mma aso? \v 8 Sɛ wanteɛ mo sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. \v 9 Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso ma yebuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yetumi tena ase? \v 10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛnea wɔpɛ wɔ bere tiaa bi. Nanso yɛn yiyedi nti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea yɛn ho bɛtew. \v 11 Sɛ wɔtwe yɛn aso a ɛma yɛn werɛ how wɔ saa bere no mu na yɛn ani nnye. Na akyiri no a wɔn a wɔfa saa asotwe no mu no nya wɔn ho ntease no, wonya asomdwoe na wɔtena ase trenee mu. \p \v 12 Monhyehyɛ nsa ne nkotodwe a emu agugow no mu den. \v 13 Munsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafo, na mmom, wɔasa wɔn yare. \p \v 14 Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoe mu, na mommɔ mmɔden ntena ase trenee mu. Anyɛ saa a, morenhu Awurade. \v 15 Monhwɛ yiye na mo mu bi annan nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ sɛ afifide a ɛyɛ nwen a enyin ma ne bɔnwoma no haw afoforo. \v 16 Monhwɛ yiye na mo mu bi anyɛ oguamanfo ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ Esau a obuu nʼani guu nʼagyapade so tɔn nʼabakan a ɔyɛ de gyee aduan no. \v 17 Na afei eduu bere bi a ɔpɛɛ sɛ ne nsa ka nʼagya hɔ nhyira no, ɔde kamee no. Ɛwɔ mu sɛ ɔde nusu peree sɛ wanya adwensakra de, nanso anyɛ yiye. \s1 Onyankopɔn Anuonyam \p \v 18 Munhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyatannaa, awerɛhow, sum ne ahum sɛnea Israelfo no hyiaa wɔ Sinai Bepɔw no so bere a Onyankopɔn de ne mmara no mae no. \v 19 Efisɛ na wɔrebɔ torobɛnto denneennen a nne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, nti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn sɛ onnyae kasa, \v 20 efisɛ na wontumi nni mmara a na ɛka se, “Sɛ mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔw no a, ɛsɛ sɛ wosiw no abo kum no” no so. \v 21 Na beae hɔ yɛ hu ara kosii sɛ Mose kae se. “Misuro, na me ho popo.” \p \v 22 Na mo de, moaba Sion Bepɔw so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kurow, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfo mpempem wɔ mu no mu. \v 23 Moaba Onyankopɔn asafomma dedaw a wɔn ani gye wɔn ho a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa temmufo ne atreneefo a wɔayɛ wɔn pɛ no mu. \v 24 Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforo ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sen Habel mogya no ho. \p \v 25 Monhwɛ mo ho so yiye na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie nea ɔkasa fii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan afi nea ɔkasa fi ɔsoro no ho na yɛafa yɛn ho adi? \v 26 Ne nne wosow asase saa bere no, nanso mprempren wahyɛ bɔ se, “Ɛnyɛ asase nko na mɛsan awosow no, na mɛwosow ɔsoro nso bio saa ara.” \v 27 Nsɛm “Nso bio saa ara” no da no adi pefee sɛ ɔbɛwosow nneɛma a wɔbɔɔ no na atutu afi wɔn anan mu na nneɛma a wontumi nwosow no aka. \p \v 28 Momma yɛnna so ase, efisɛ yɛanya ahenni a wɔwosow no a ɛnyɛ yiye. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɔkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ nidi ne osuro so nsom no, \v 29 efisɛ nokware ni, yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew na ɛsɛe ade. \c 13 \s1 Mmara Ne Nkradi \p \v 1 Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu. \v 2 Monkae na munnye ahɔho wɔ mo afi mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfo a na wonnim. \v 3 Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na wɔrehu saa amane no. \p \v 4 Mo nyinaa nni aware ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho wɔn ho nokware, efisɛ Onyankopɔn bebu nguamanfo ne aguamammɔ atɛn. \v 5 Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se, \q1 “Merennyaw wo, \q2 na merempo wo da.” \m \v 6 Momma yensi yɛn bo nka se, \q1 “Awurade ne me boafo, enti merensuro. \q2 Dɛn na onipa betumi ayɛ me?” \p \v 7 Monkae mo mpanyimfo a wodii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɔkwan a wɔfaa so tenaa ase na munsua wɔn gyidi no. \v 8 Yesu Kristo te saa ara nnɛra, nnɛ ne daa nyinaa. \p \v 9 Mommma nkyerɛkyerɛ foforo biara nntwe mo mmfi ɔkwan pa so. Eye sɛ Onyankopɔn adom nti, yɛn kra benyin ahoɔden so a emfi aduan ho mmara a yedi so no. Wɔn a wodi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara. \v 10 Nanso yɛwɔ afɔremuka bi a Asɔfo a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan mu no mpo nni ho kwan sɛ wodidi so. \p \v 11 Yudafo Sɔfopanyin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron hɔ de bɛbɔ bɔne afɔre nanso wɔhyew mmoa no funu wɔ beae no akyi baabi. \v 12 Eyi nti, Yesu nso wuu wɔ kurow no pon akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ akronkron. \v 13 Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beae no akyi nkogye animguase no bi. \v 14 Efisɛ yenni atenae a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kurow a ɛrebɛba no akyi kwan. \p \v 15 Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔde. \v 16 Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, efisɛ ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani. \p \v 17 Muntie mo mpanyimfo na munni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn adwuma ho akontaa nti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ mutie wɔn a, wɔde anigye bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a wɔde awerɛhow bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo. \p \v 18 Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn. Yenim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, efisɛ yɛpɛ sɛ bere biara yɛyɛ ade a eye. \v 19 Na mebɔ mpae kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpae na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara. \p \v 20 Onyankopɔn anyan yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ oguanhwɛfo panyin no afi awufo mu ama yɛn, na ɛnam ne wu no so nti wɔasɔw daa apam no ano ama yɛn. \v 21 Asomdwoe Nyankopɔn mma mo nea ehia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛde, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛnea ɛsɔ ani. Anuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen. \b \b \p \v 22 Anuanom, mesrɛ mo sɛ monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, efisɛ saa krataa a makyerɛw mo yi nyɛ tenten biara. \b \p \v 23 Mepɛ sɛ mebɔ mo amanneɛ sɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afi afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn. \b \p \v 24 Yekyia mpanyimfo no ne Onyankopɔn nkurɔfo no nyinaa. \p Anuanom a wɔwɔ Italia no kyia mo. \b \p \v 25 Adom nka mo nyinaa.