\id HAG - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Hagai \toc1 Odiyifo Hagai Nhoma \toc2 Hagai \toc3 Hag \mt2 Odiyifo \mt1 Hagai \mt2 Nhoma \c 1 \s1 Asɔredansi Ho Nkaebɔ \p \v 1 Ɔsram a ɛto so asia no da a edi kan wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, \nd Awurade\nd* nam Odiyifo Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua. \v 2 Asɛm a Asafo \nd Awurade\nd* ka ni: “Nnipa no reka se, ‘Bere no nya nnuu sɛ wosi \nd Awurade\nd* fi no.’ ” \p \v 3 Afei, \nd Awurade\nd* de saa asɛm yi faa Odiyifo Hagai so: \v 4 “Saa bere yi a me fi yi abubu yi na mo de, motete mo afi a wɔaduradura mu yi ana?” \p \v 5 Asɛm a, Asafo \nd Awurade\nd* ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye. \v 6 Muduaa bebree, nanso mutwaa kakraa bi. Mudidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntade, nanso ɛnka mo hyew. Munya akatua, na mode gu sika nkotoku a wɔatutu mu atokuru mu.” \p \v 7 Asɛm a Asafo \nd Awurade\nd* ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye. \v 8 Afei momforo nkɔ nkoko no atifi, na momfa nnua mmra mmesi me fi no. Na mʼani begye ho, na wɔahyɛ me anuonyam.” Saa na \nd Awurade\nd* ka. \v 9 “Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mihuw gui. Dɛn ntia?” Efisɛ, “me fi abubu.” Saa na Asafo \nd Awurade\nd* ka, “bere a mo ani abere resisi mo afi no. \v 10 Mo nti na ɔsoro akyere obosu agyina, na asase nso akyere mo nnɔbae. \v 11 Mahyɛ ɔpɛ sɛ, ensi mo mfuw ne nkoko\f + \fr 1.11 \fr*\ft Nkoko—Wɔyɛ atrapoe sɛso a ɛtrɛw wɔn nkoko so na wɔatumi adɔw, adua, atwa.\ft*\f* so; ɔpɛ a ɛbɛhyew mo atoko ne mo bobe ne mo ngodua ne mo nnɔbae, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ebesi mo ne mo anantwi mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.” \s1 Nkaebɔ No Sodi \p \v 12 Na Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no tiee asɛm a efi \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn, ne Odiyifo Hagai a \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa \nd Awurade\nd*. \v 13 Na Hagai, \nd Awurade\nd* somafo no, de saa asɛm yi a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn maa nkurɔfo no: “Meka mo ho.” Saa na \nd Awurade\nd* se. \v 14 Ɛno nti, \nd Awurade\nd* kanyan Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae no nyinaa. Wobefii wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn, fi no ase, \v 15 wɔ Ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien no, ɔsram a ɛto so asia no da a ɛto so aduonu anan no. \c 2 \s1 Asɔredan No Anuonyam \p \v 1 Da a ɛto so aduonu baako wɔ ɔsram a ɛto so ason no, \nd Awurade\nd* de asɛm faa Odiyifo Hagai so se: \v 2 “Ka eyi kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn se, \v 3 ‘Mo a moaka yi mu hena na ohuu saa ofi yi anuonyam sɛnea na ɛte kan no? Muhu no dɛn nnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee mprempren ana? \v 4 Enti Serubabel, nya akokoduru mprempren.’ Saa na \nd Awurade\nd* se, ‘Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so mprempren no, munnya akokoduru. \nd Awurade\nd* na ose. Munnya akokoduru na monyɛ adwuma, efisɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo \nd Awurade\nd* ka. \v 5 ‘Eyi ne apam a me ne mo yɛe bere a mufii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno nti munnsuro.’ \p \v 6 “Eyi ne asɛm a Asafo \nd Awurade\nd* ka. ‘Ɛrenkyɛ biara, mɛwosow ɔsoro ne asase bio. Mɛwosow po tamaa ne asase kesee nso. \v 7 Mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa anidaso bɛba, na mede anuonyam bɛhyɛ saa ofi yi ma.’ Saa na Asafo \nd Awurade\nd* se. \v 8 ‘Dwetɛ no yɛ me de. Na sikakɔkɔɔ yɛ me de.’\f + \fr 2.8 \fr*\ft Dwetɛ…sikakɔkɔɔ: Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ba maa wɔde sii Salomo asɔredan (\+xt 1 Be 29.2,7\+xt*).\ft*\f* Sɛɛ na Asafo \nd Awurade\nd* se. \v 9 ‘Saa ofi yi anuonyam bɛkorɔn asen nʼanuonyam a atwa mu no.’ Saa na Asafo \nd Awurade\nd* ka. ‘Na mɛma asomdwoe aba ha.’ Me, Asafo \nd Awurade\nd* na makasa.” \s1 Osetie Mu Nhyira Ho Bɔhyɛ \p \v 10 Ɔhene Dario adedi mfe abien mu, ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan, \nd Awurade\nd* kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifo Hagai. \v 11 “Asɛm a Asafo \nd Awurade\nd* ka ni: ‘Mummisa asɔfo no nea mmara no ka. \v 12 Sɛ nam kronkron bi hyɛ obi atade mmuano mu, na sɛ ho kɔka brodo anaa abɔmu, nsa anaa ngo anaa aduan foforo bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron ana?’ ” \p Asɔfo no buae se: “Dabi.” \p \v 13 Na Hagai bisae se, “Na sɛ obi nso de ne ho ka funu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiw nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a na wɔagu ho fi ana?” \p Na asɔfo no buae se, “Yiw.” \p \v 14 Afei, Hagai kae se, “ ‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi te.’ Saa na Awurade se. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi. \p \v 15 “ ‘Enti efi nnɛ, munnwen saa ade yi ho yiye. Monkae sɛnea na nneɛma te, ansa na moreto \nd Awurade\nd* asɔredan no fapem no. \v 16 Bere a modwene sɛ mubenya nnɔbae susukoraa aduonu no, munyaa du pɛ. Bere a mode mo ani buu sɛ mubenya galɔn aduonum afi nsakyibea no, munyaa aduonu pɛ. \v 17 Memaa ɔyare a ɛsɛe nnɔbae, ɛbɔ ne mparuwbo bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso moampɛ sɛ mobɛsan aba me nkyɛn. Saa na \nd Awurade\nd* se. \v 18 Efi ɔsram a ɛto so akron, da a ɛto so aduonu anan no, munnwen da a wɔtoo \nd Awurade\nd* asɔredan fapem no ho yiye. \v 19 Aba bi aka asan no so ana? Ebesi nnɛ, bobe, borɔdɔma, atoaa ne ngodua asow wɔn aba ana? \p “ ‘Efi saa da yi rekɔ no, mehyira mo.’ ” \s1 Bɔ A Wɔahyɛ Serubabel \p \v 20 \nd Awurade\nd* asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔsram no da a ɛto so aduonu anan: \v 21 “Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no se, merebɛwosow ɔsoro ne asase. \v 22 Mebutuw ahengua, na masɛe ananafo aheman no tumi. Mɛdan wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutuw. Apɔnkɔ akafo no mfoa bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho ama wɔatotɔ. \p \v 23 “ ‘Da no’ Asafo \nd Awurade\nd* na ɔka, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me somfo Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔwano kaa, efisɛ mayi wo.’ Me Asafo \nd Awurade\nd*, na makasa.”