\id HAB - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Habakuk \toc1 Odiyifo Habakuk Nhoma \toc2 Habakuk \toc3 Hab \mt2 Odiyifo \mt1 Habakuk \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 Eyi ne asɛm a odiyifo Habakuk nya fii Awurade nkyɛn wɔ anisoadehu mu. \s1 Habakuk Anwiinwii \q1 \v 2 \nd Awurade\nd*, enkosi da bɛn na memfrɛ nsrɛ mmoa, \q2 nanso wuntie me? \q1 Meteɛ mu frɛ, “Akakabensɛm!” \q2 nanso womma mmegye me. \q1 \v 3 Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyew? \q2 Adɛn nti na wotena bɔne ho? \q1 Ɔsɛe ne akakabensɛm da mʼanim, \q2 basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ho ahyia. \q1 \v 4 Enti mmara nyɛ adwuma \q2 na atɛntrenee nni baabiara, \q1 atirimɔdenfo aka atreneefo ahyɛ, \q2 enti wɔkyea atemmu. \s1 Awurade Mmuae \q1 \v 5 “Hwɛ aman no, \q2 na wo ho bedwiriw wo! \q1 Merebɛyɛ biribi wɔ wo bere so, \q2 na sɛ wɔka kyerɛ wo a, \q2 worennye nni. \q1 \v 6 Merema Babiloniafo asɔre, \q2 ɔman a wɔyɛ atirimɔdenfo ne ntɔkwapɛfo; \q1 wobu fa asase nyinaa so, \q2 na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn de. \q1 \v 7 Wɔn ho yɛ hu na nnipa suro wɔn; \q2 wɔyɛ wɔn koko so ade, \q2 de pɛ anuonyam ma wɔn ho. \q1 \v 8 Wɔn apɔnkɔ ho yɛ hare sen asebɔ, \q2 na wɔn ho yɛ hu sen pataku a ɔnam anadwo, \q1 wɔn apɔnkɔsotefo kɔ wɔn anim mmarima so, \q2 wofi akyirikyiri nsase so, \q1 na wɔbɔ hoo sɛ akorɔma a ɔrekɔkyere aboa. \q2 \v 9 Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ. \q1 Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ nweatam so mframa, \q2 na wɔtase nneduafo sɛ nwea. \q1 \v 10 Wodi ahene ho fɛw, \q2 wɔka aman sodifo anim, \q1 na wɔtwee nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen. \q2 Wosisi dɔte mpie nam so kyekyere atamfo. \q1 \v 11 Wɔbɔ hoo te sɛ mframa kɔ wɔn anim. \q2 Afɔdifo a wɔn ahoɔden yɛ wɔn nyame.” \s1 Habakuk Nwiinwii Bio \q1 \v 12 \nd Awurade\nd*, wunni hɔ fi tete ana? \q2 Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa. \q1 Wo, \nd Awurade\nd*, woapaw wɔn sɛ wommu atɛn; \q2 wo, me Botantim, woahyɛ wɔn sɛ wɔntwe aso. \q1 \v 13 Wʼaniwa yɛ kronkron a wuntumi nhwɛ nnebɔne; \q2 wunnyigye nnebɔne so. \q1 Na adɛn nti na wugyigye nnipa akɔntɔnkye so, \q2 na dɛn nti na wayɛ komm wɔ bere a \q2 atirimɔdenfo rememene atreneefo? \q1 \v 14 Woama nnipa ayɛ sɛ nsumnam a ɛwɔ po mu, \q2 te sɛ abɔde a ɛwɔ po mu a wonni sodifo. \q1 \v 15 Ɔtamfo tirimɔdenfo no de darewa yi wɔn, \q2 ogu nʼasau de buma wɔn, \q2 na afei ɔsɛpɛw ne ho ma nʼani gye. \q1 \v 16 Ne saa nti ɔbɔ afɔre ma nʼasau \q2 na wahyew aduhuam ama no, \q1 efisɛ asau yi so na ɔnam nya yiyedi, \q2 na odi nʼakɔnnɔ aduan. \q1 \v 17 Enti ɔnkɔ so nni nʼasau mu nam, \q2 na ɔmfa atirimɔden nsɛe aman ana? \c 2 \q1 \v 1 Megyina mʼahwɛe na mawɛn. \q2 Mɛbɔ nsra \q1 na mahwɛ nea ɔbɛka akyerɛ me, \q2 ne mʼanoyi a mede bɛma nkurobɔ yi. \s1 Awurade Mmuae Foforo \p \v 2 Afei, \nd Awurade\nd* buae se, \q1 “Kyerɛw adiyi yi wɔ ɔbopon so \q2 ma mu nna hɔ pefee \q1 na ama ɔkenkanfo ate ase. \q1 \v 3 Adiyisɛm no retwɛn nkrabea bi; \q2 ɛka awiei ho asɛm \q1 na ɛbɛba mu. \q2 Ɛwɔ mu sɛ ɛrekyɛ de, nanso twɛn, \q2 ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu. \b \b \q1 \v 4 “Hwɛ, ɔtamfo no ama ne ho so; \q2 nʼapɛde nteɛ, \q2 nanso ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa. \q1 \v 5 Nokware, nsa yi no ma \q2 wayɛ ahantan na onni ahotɔ. \q1 Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ ɔda \q2 na ɔte sɛ owu a hwee mmee no nti \q1 ɔfom aman no nyinaa \q2 na ɔfa nnipa no nyinaa nnommum. \p \v 6 “Nnommumfo yi nyinaa bedi ne ho fɛw aserew no aka se, \q1 “ ‘Nnome nka nea ɔboaboa akorɔnne ano, \q2 na ɔnam apoobɔ so nya ne ho! \q2 Eyi nkɔ so nkosi da bɛn?’ \q1 \v 7 So wɔn a wode wɔn ka no rensɔre mpofirim ana? \q2 Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo, \q2 na wobetwiw afa wo so. \q1 \v 8 Esiane sɛ woafow aman bebree nti, \q2 wɔn a wɔaka no bɛfow wo bi. \q1 Efisɛ woahwie nnipa mogya agu; \q2 woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu. \b \q1 \v 9 “Nnome nka nea ɔde akorɔnne kyekyere ne man, \q2 a ɔyɛ ne berebuw wɔ sorɔnsorɔmmea, \q2 sɛnea obeyi ne ho afi ɔsɛe mu. \q1 \v 10 Woatu nnipa bebree sɛe ho agyina, \q2 de agu wankasa fi anim ase, de wo nkwa atwa so. \q1 \v 11 Abo a ɛhyehyɛ afi afasu mu no bɛteɛ mu, \q2 na ebegyigye wɔ mpuran a wɔahyehyɛ no mu. \b \q1 \v 12 “Nnome nka nea ɔnam mogyahwiegu so kyekyere kuropɔn \q2 na ɔnam awudi so kyekyere kurow. \q1 \v 13 Asafo \nd Awurade\nd* ahyɛ sɛ, \q2 nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhyew. \q1 Aman no brɛ gu kwa. \v 14 Na \nd Awurade\nd* anuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma, \q2 sɛnea nsu hyɛ po ma no. \b \q1 \v 15 “Due! Wo a woma wo mfɛfo nsa, \q2 Wuhwie ma wɔnom kosi sɛ wɔbɛbow, \q2 na afei woahwɛ wɔn adagyaw. \q1 \v 16 Worennya anuonyam biara, wʼani bewu. \q2 Afei adu wo so! Nom na wʼadagyaw mu nna hɔ. \q1 Kuruwa a efi \nd Awurade\nd* nsa nifa reba wo so, \q2 na aniwu bɛkata wʼanuonyam so. \q1 \v 17 Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo, \q2 ɔsɛe a wosɛe mmoa nso bɛbɔ wo hu. \q1 Woaka nnipa mogya agu; \q2 woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu. \b \q1 \v 18 “Mfaso bɛn na munya fi ahoni a nipa ayɛ mu? \q2 Anaa nsɛsode a ɛkyerɛkyerɛ atoro? \q1 Nea ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so; \q2 na ɔyɛ anyame a wontumi nkasa. \q1 \v 19 Nnome nka nea ɔka kyerɛ dua se, ‘Nya nkwa!’ \q2 Anaa ɔka kyerɛ ɔbo a enni nkwa se, ‘Nyan!’ \q1 Ebetumi ama akwankyerɛ? \q2 Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho; \q2 nanso ɔhome nni mu.” \b \q1 \v 20 Nanso \nd Awurade\nd* wɔ nʼasɔrefi kronkron mu. \q2 Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim. \c 3 \s1 Habakuk Mpaebɔ \q1 \v 1 Saa mpaebɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom: \q1 \v 2 \nd Awurade\nd*, mate wo ho nsɛm nyinaa, \q2 Na wʼanwonwadwuma a woayɛ no, me ho adwiriw me. \q1 Yɛ no foforo wɔ yɛn mmere so. \q2 Yɛn mmere yi mu, ma wonhu. \q2 Wʼabufuwhyew mu no, kae wo mmɔborɔhunu. \b \q1 \v 3 Onyankopɔn fi Teman bae, \q2 Ɔkronkronni a ofi Bepɔw Paran so, \q1 Nʼanuonyam kata ɔsoro, \q2 na nʼayeyi hyɛ asase so ma. \q1 \v 4 Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia \q2 Hann no nsensanee twa yerɛw fi ne nsam, \q2 Ɛhɔ na ne tumi ahintaw. \q1 \v 5 Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ; \q2 Na nsanyare di nʼakyi pɛɛ. \q1 \v 6 Sɛ ogyina a, asase wosow. \q2 Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman wosow. \q1 Tete mmepɔw dwiriwii, \q2 na nkoko a efi tete no ka kataa so. \q2 Nʼakwan ntwa mu da. \q1 \v 7 Mihuu Kusanfo ntamadan a atetew \q2 ne Midianfo\f + \fr 3.7 \fr*\ft Kusan…Midian—Wɔyɛ Araia mmusuakuw. Awerɛhow…ahoyeraw—Bere a woyii Israelfo fii Misraim nkoasom mu no, nnipa a wɔbemmɛn wɔn no bɔɔ hu. (\+xt 2 Mose 15.14-16; Yos 2.9-10\+xt*).\ft*\f* atenae a agyigya. \q1 \v 8 \nd Awurade\nd*, wo bo fuw nsubɔnten no? \q2 Wʼabufuw no tiaa nsuwansuwa no? \q1 Wosɔre tiaa po, \q2 bere a wo ne wʼapɔnkɔ \q2 ne nkonimdi nteaseɛnam nam no. \q1 \v 9 Wuyii wo tadua, \q2 Woma wɔde agyan bebree brɛɛ wo. \q2 Wode nsubɔnten paapae asase mu. \q1 \v 10 Mmepɔw huu wo, na wɔwosowee \q2 Osuhweam bɛsen kɔe. \q1 Bun no woroo so, \q2 na ehuru baa soro. \q1 \v 11 Owia ne ɔsram gyinagyinaa sorosoro hɔ, \q2 bere a wohuu wʼagyan a ɛnenam wim no hann, \q2 ne wo peaw a ɛpa yerɛw yerɛw no. \q1 \v 12 Wʼabufuwhyew mu no, wonantew twaa asase so \q2 na wode abufuw tiatiaa aman no so. \q1 \v 13 Wobaa se worebegye wo nkurɔfo, \q2 na woagye nea wɔasra no no nkwa. \q1 Wopɛtɛw atirimɔdenfoman no kannifo, \q2 wopaa ne ho ntama fi ne ti so kosii ne nan ase. \q1 \v 14 Wode nʼankasa peaw hwirew ne ti mu, \q2 bere a nʼakofo bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu. \q1 Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre \q2 mmɔborɔfo a wɔakɔ agua no ase koraa. \q1 \v 15 Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa po no mu, \q2 ma asu kɛse no hurui. \q1 \v 16 Metee no, me koma tui, \q2 nnyigyei no maa mʼano poo biribiri; \q1 ɔporɔw hyɛn me nnompe mu, \q2 na me nan wosowee. \q1 Nanso mɛtɔ me bo ase atwɛn akosi sɛ \q2 amanehunu da bɛba ɔman a wɔtow hyɛɛ yɛn so no so. \q1 \v 17 Ɛwɔ mu, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, \q2 na aba nso nni bobe no so; \q1 ɛwɔ mu, ngodua no adi huammɔ \q2 na mfuw no mmɔ aduan. \q1 Ɛwɔ mu, nguan biara nni buw no mu, \q2 na anantwi nso nni ban no mu. \q1 \v 18 Nanso mʼani begye \nd Awurade\nd* mu; \q2 me ho bɛsɛpɛw me wɔ Onyankopɔn a \q2 ɔyɛ mʼagyenkwa no mu. \b \q1 \v 19 Otumfo \nd Awurade\nd* yɛ mʼahoɔden. \q2 Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote de, \q2 ɔma me nantew sorɔnsorɔmmea. \q1 Wɔmfa mpae yi mma nnwonto kwankyerɛfo no. Na wɔnto no wɔ mʼasanku no so.