\id GAL - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Galatifo \toc1 Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Galatifo \toc2 Galatifo \toc3 Gal \mt2 Paulo Nhoma A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Galatifo \c 1 \s1 Nkyia \p \v 1 Paulo, ɔsomafo a ɛnyɛ nnipa anaa onipa bi na ɔpaw me sɛ ɔsomafo, na mmom ɛyɛ Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn a onyan no fii awufo mu no, \v 2 ne anuanom a wɔne me wɔ ha nyinaa, \b \p De krataa yi kɔma Galati asafo ahorow no nyinaa: \b \p \v 3 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. \v 4 Yɛn bɔne nti, Kristo yɛɛ osetie maa yɛn Agya Nyankopɔn. Ɔnam so de ne ho bɔɔ afɔre gyee yɛn fii bɔne a yɛwɔ mu nnɛ yi mu. \v 5 Anuonyam nka Onyankopɔn daa nyinaa. Amen. \b \b \p \v 6 Mo ho yɛ me nwonwa sɛ mopɛ ntɛm po nea ɔfrɛɛ mo se montena Kristo adom mu no, kodi asɛmpa foforo \v 7 a ɛnyɛ nokware asɛmpa koraa bi no akyi. Ɛda adi sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔredan mo adwene pɛ sɛ wosiw Kristo Asɛmpa no ho kwan. \v 8 Na sɛ yɛn, anaa ɔbɔfo fi ɔsoro bɛka asɛmpa a nsonoe da ɛno ne yɛn Asɛmpa no ntam a, onii no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu. \v 9 Yɛaka dedaw na mereti mu sɛ: Obiara a ɔbɛka asɛmpa a ɛne Asɛmpa a moagye ato mu no bɔ abira no bɛkɔ afɔbu a enni awiei mu. \p \v 10 Nea nnipa pene so na mereyɛ yi ana? Dabi! Mepɛ nea Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ nea ɛsɔ nnipa ani? Sɛ migu so yɛ saa de a, na menyɛ Kristo somfo. \s1 Onyankopɔn Frɛ Paulo \p \v 11 Anuanom, mepɛ sɛ mote ase sɛ Asɛmpa a meka kyerɛ mo no mfi onipa hɔ. \v 12 Me nsa anka amfi onipa nkyɛn. Saa ara nso na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛɛ me. Ɛyɛ Kristo no ankasa na ɔdaa no adi kyerɛɛ me. \p \v 13 Moate sɛ na mesɛe mʼadagyew nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei moate nso sɛ na mede atirimɔden taa Onyankopɔn akyidifo, na mefaa ɔkwan biara a metumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase. \v 14 Me mfɛfo Yudafo no de, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sen wɔn nyinaa. Na mikura yɛn nananom amanne nso mu denneennen. \v 15 Nanso Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na bere no soo \v 16 sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufo no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; \v 17 saa ara nso na mankɔ Yerusalem ankohu asomafo a na wodi mʼanim kan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ na mesan baa Damasko. \p \v 18 Mfe abiɛsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kodii nkɔmmɔ. Midii ne nkyɛn nna dunum. \v 19 Manhu ɔsomafo biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho. \v 20 Meka kyerɛ mo wɔ Onyankopɔn anim se nea merekyerɛw yi yɛ nokware turodoo. \p \v 21 Ɛno akyi no, mebaa Siria ne Kilikia. \v 22 Saa bere no na Kristo asafo ahorow a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. \v 23 Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei de, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidi a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” \v 24 Na me nti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. \c 2 \s1 Paulo Ne Asomafo A Wɔaka No \p \v 1 Me ne Barnaba san kɔɔ Yerusalem Mfe dunan akyi. Mede Tito nso kaa me ho. \v 2 Mekɔe, efisɛ Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me se menkɔ. Me ne mpanyimfo no yɛɛ nhyiamu wɔ kokoa mu kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ amanamanmufo no kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dedaw ne nea migu so reyɛ no yɛ ɔkwa. \v 3 Ɛwɔ mu sɛ me boafo Tito yɛ Helani de, nanso wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia. \v 4 Asɛm yi sii, efisɛ na anuanom bi a wɔnyɛ nokwafo awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadi a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa. \v 5 Yɛamma wɔn mu kwan koraa, esiane pɛ a na yɛpɛ sɛ nokware a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu no nti. \p \v 6 Sɛnea wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitiriw no te biara no, meka se minhu wɔn ntam nsonoe biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanyimfo no mfaa adwene foforo biara mmɛkaa mʼasɛm no ho. \v 7 Na mmom wohuu sɛ Onyankopɔn de adwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo sɛnea ɔde adwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafo no ara pɛ. \v 8 Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafo mu somafo no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ amanamanmufo mu, sɛnea Petro yɛ Yudafo mu adwuma no pɛ. \v 9 Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanyimfo no gye too mu se, Onyankopɔn ama me adwuma sononko bi sɛ minni, enti wokyiaa me ne Barnaba. Wɔpenee so se yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufo no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafo no mu. \v 10 Nea wɔkae ara ne sɛ yɛnkae ahiafo wɔ wɔn kuw no mu sɛnea mepɛ sɛ meyɛ no. \p \v 11 Bere a Petro baa Antiokia no, mesɔre tiaa nea ɔreyɛ no mu wɔ bagua mu, efisɛ na ɔreyɛ mfomso. \v 12 Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no beduu hɔ no, na Petro ne anuanom amanamanmufo no to nsa didi. Nanso akyiri a nnipa no bedui no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, efisɛ na osuro wɔn a wɔpɛ sɛ wotwa amanamanmufo twetia no. \v 13 Anuanom Yudafo a wɔaka no yɛɛ sɛ ahufo de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn. \p \v 14 Mihuu sɛ nea wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa wɔ Petro ne bagua no anim se, “Woyɛ Yudani a mprempren wunni Yudafo amanne so bio. Adɛn nti na wohyɛ amanamanmufo sɛ wonni Yudafo amanne so? \p \v 15 “Yɛn a yɛyɛ Yudafo fi yɛn awo mu a yɛnyɛ amanamanmufo nnebɔneyɛfo no \v 16 nim sɛ ansa na obi bedi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea yɛnam so bedi bem wɔ Onyankopɔn anim; efisɛ ɛnam gyidi so na wobebu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛde a yɛyɛ no so. \p \v 17 “Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfo a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa. \v 18 Na sɛ mifi ase yɛ nea magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofo. \p \v 19 “Efisɛ mpɛn dodow a mepɛɛ sɛ medi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno nti minni mmara no tumi ase bio, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase ama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asennua mu, \v 20 enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu. \v 21 Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a owui no yɛ ɔkwa.” \c 3 \s1 Gyidi Anaa Mmara So Di \p \v 1 Mo Galatifo adwenharefo! Hena na ɔdan mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ Yesu Kristo asennua mu. \v 2 Mummua me saa asɛm yi: Moyɛɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so ana? Anaasɛ mutiee Asɛmpa no gye dii ansa? \v 3 Saa na mo adwene mu yɛ hare nen? Mode Onyankopɔn Honhom fii ase; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie? \v 4 Mo osuahu yi nyinaa so amma mfaso biara? Minnye nni saa. \v 5 Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo ana? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwonwade wɔ mo mu ana? Ɛnyɛ asɛm no gye a mugye dii nti? \v 6 Kyerɛwsɛm no kaa Abraham ho asɛm se, “Ogyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa trenee.” \p \v 7 Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nnipa a wɔwɔ gyidi no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo. \v 8 Kyerɛwsɛm no dii kan huu sɛ Onyankopɔn nam gyidi so bebu amanamanmufo no bem. Eyi nti Kyerɛwsɛm no dii kan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn behyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” \v 9 Abraham gye dii ma wohyiraa no, na wɔn a wogye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛnea wohyiraa no no. \p \v 10 Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a efi mmara no mu so. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni nea wɔakyerɛw wɔ Mmara Nhoma mu no nyinaa so.” \v 11 Afei akyinnye biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no sodi nsɔ Onyankopɔn ani. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛnam gyidi so na ɔtreneeni benya nkwa.” \v 12 Mmara no nnyinaso nyɛ gyidi; efisɛ wɔakyerɛw se nea odi mmara no so benya nkwa. \v 13 Ɛno nti na Kristo agye yɛn afi nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a wɔbɛsɛn no wɔ dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.” \v 14 Kristo gyee yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nhyira a wohyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufo so, na yɛnam gyidi so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no. \s1 Mmara Ne Bɔhyɛ No \p \v 15 Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛso: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho. \v 16 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Kyerɛwsɛm no nka se, “Wo ne wʼasefo” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka se, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no. \v 17 Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ se obedi so. Mmara no a ɛbaa akyiri no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirihyia ahannan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no mae, no mu. \v 18 Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maa no gyina Mmara so a, ɛno de na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn fi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapade no maa Abraham. \p \v 19 Ɛno de, na Mmara no so mfaso ne dɛn? Wɔde maa akyiri no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfo kosi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfo no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafo. \v 20 Yenim sɛ ntamgyinafo ho hia ma nnipa baanu anaa nea ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ ɔbaako no amfa ntamgyinafo wɔ bere a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no. \s1 Mmara No Botae \p \v 21 Eyi kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no ana? Dabi da! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a etumi ma nnipa nkwa a, ɛno de anka onipa nam saa mmara no so betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim. \v 22 Nanso Kyerɛwsɛm no aka se wiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno nti akyɛde a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wogye di no. \p \v 23 Ansa na gyidi no reba no, Mmara no too yɛn mpokyerɛ kosii sɛ wɔbɛdaa gyidi no adi. \v 24 Enti Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kosii sɛ Kristo bae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam gyidi so bebu yɛn bem. \v 25 Afei a bere adu sɛ yegye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio. \p \v 26 Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no. \v 27 Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so. \v 28 Yenni Yudani anaa Helani, yenni akoa anaa ɔdehye, yenni ɔbarima anaa ɔbea, na mo nyinaa yɛ nnipa koro wɔ Kristo Yesu mu. \v 29 Enti sɛ moyɛ Kristo de a, na moyɛ Abraham asefo, na bɔhyɛ no nti moyɛ adedifo nso. \c 4 \p \v 1 Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodow a ɔdedifo no yɛ abofra no, ɛwɔ mu sɛ agyapade no nyinaa hyɛ ne nsa de, nanso nsonoe biara nna ɔno ne akoa ntam. \v 2 Esiane sɛ onnyinii no nti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ toto nneɛma ma no kosi bere a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnan agyapade no mma no no. \s1 Onyankopɔn Tɔɔ Ahofadi Maa Yɛn \p \v 3 Saa ara na na yɛn nso yɛte. Na yɛte sɛ mmofra a wiase ahonhom dii yɛn so. \v 4 Nanso bere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbea woo no wɔ Mmara ase \v 5 sɛ ommegye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase, sɛnea wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma. \v 6 Esiane sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom baa yɛn koma mu, Honhom a ɛfrɛ “Agya, Agya.” \v 7 Enti wonyɛ akoa bio, na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma. \s1 Galatifo Ho Hia Paulo \p \v 8 Mmere bi a atwam no, na munnim Onyankopɔn, enti na moyɛ nkoa ma wɔn a wɔnyɛ anyame. \v 9 Nanso afei a moahu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na mopɛ sɛ modan mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔde mo yɛ nkoa bio? \v 10 Mudi nna, asram, nnapɔnna ne mfe bi. \v 11 Misuro sɛ ɔkwan bi so, masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho. \p \v 12 Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, efisɛ meyɛɛ sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara. \v 13 Sɛnea munim no, bere a mebɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mede ɔyare na ɛbae. \v 14 Ɛwɔ mu sɛ na me yare no haw mo de, nanso moampo me. Mmom, mugyee me sɛnea mubegye Onyankopɔn bɔfo; mugyee me sɛnea mubegye Kristo Yesu. \v 15 Anigye a mowɔ no nyinaa afa he? Metumi aka se, sɛ mubetumi a anka mubetutu mo ani de ama me. \v 16 Nokware a meka kyerɛ mo nti na afei mabɛyɛ mo tamfo yi? \p \v 17 Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn, nanso wonni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtetew me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho. \v 18 Eye sɛ mobɛyɛ nsi bere biara, bere a mewɔ mo nkyɛn ne bere a minni mo nkyɛn mpo. \v 19 Me mma pa, mo a mo nti merehu awoyaw bio kosi sɛ Kristo bɛda ne ho adi wɔ mo mu no, \v 20 mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn, na anka masakra ɔkwan a mefa so kasa, efisɛ me tirim ntew me wɔ mo ho. \s1 Hagar Ne Sara \p \v 21 Monka nkyerɛ me, mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara no ase no, munnim nea mmara no ka no ana? \v 22 Wɔakyerɛw se, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo ɔbaako na ɔne ɔbea bi a ɔde ne ho nso woo ɔbaako. \v 23 Wɔwoo afena ba no wɔ ɔhonam kwan so, na Onyankopɔn bɔhyɛ nti na ɔbea a ɔde ne ho no nso woo ne ba no. \p \v 24 Saa asɛm yi yɛ mfatoho efisɛ saa mmea baanu yi gyina hɔ ma apam abien. Apam baako fi bepɔw Sinai so, na egyina hɔ ma mma a wɔbɛyɛ nkoa: Ɔno ne Hagar. \v 25 Hagar gyina hɔ ma bepɔw Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, efisɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu. \v 26 Nanso Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no de, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn na. \v 27 Efisɛ wɔakyerɛw se, \q1 “Ao ɔbea a woyɛ obonin, di ahurusi, \q2 wo a wonwoo da; \q1 ma wo nne so na teɛ mu, \q2 wo a awo nkaa wo da, \q1 efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma dɔɔso \q2 sen nea ɔwɔ kunu.” \p \v 28 Me nuanom mmea ne mmarima, bɔhyɛ no nti na wɔwoo mo sɛnea wɔwoo Isak no. \v 29 Saa bere no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa nea wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na nnɛ yi nso ɛte saa. \v 30 Na Kyerɛwsɛm no ka dɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi fi ha; efisɛ afenaa babarima no ne ɔdehye no renkyɛ agyapade no.” \v 31 Enti anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom yɛyɛ ɔbea a ɔde ne ho no mma. \c 5 \s1 Ahofadi Wɔ Kristo Mu \p \v 1 Ahofadi nti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Munnyina pintinn. Mommma ho kwan mma wɔmmfa mo nyɛ nkoa bio. \p \v 2 Muntie! Me Paulo, meka kyerɛ mo se, sɛ moma ho kwan ma wotwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo so amma mfaso biara amma mo koraa. \v 3 Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho kwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ odi mmara no nyinaa so. \v 4 Mo a mopɛ sɛ wɔde mmara no bu mo bem no atew mo ho afi Kristo ho. Adom no nni mo so bio. \v 5 Nanso yefi gyidi mu nam Honhom no so twɛn trenee a yɛn ani da so no. \v 6 Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ so nni mfaso. Nea ɛho hia ne gyidi a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi. \p \v 7 Na anka moresi mmirikakan no yiye! Na hena na otwintwan mo anan mu ma mugyaee nokware no tie? \v 8 Saa nnaadaa no mfi nea ɔfrɛ mo no. \v 9 “Mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.” \v 10 Mewɔ anidaso wɔ Awurade mu sɛ morennwen adwene foforo bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wobetua ne so ka. \v 11 Anuanom, sɛ migu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn nti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokware a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asennua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛno de, na anka asennua no ho hintidua biara nni hɔ bio. \v 12 Sɛ ɛkaa me nko a anka wɔn a wɔhaw mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho. \p \v 13 Me nuanom, mo de, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso mommma saa ahofadi yi mmɔ ɔkwan mma bɔne; mmom momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho. \v 14 Efisɛ Mmara no nyinaa tiaatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” \v 15 Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛno de monhwɛ yiye na moansɛe mo ho mo ho. \s1 Honhom Mu Asetena \p \v 16 Na mise montena ase wɔ Honhom mu, na moremma ɔhonam akɔnnɔ ho kwan. \v 17 Efisɛ nea ɔhonam pɛ no tia nea Honhom no pɛ; saa ara nso na nea Honhom no pɛ no, ɔhonam no tia. Nʼabien no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ nea mopɛ. \v 18 Sɛ monantew Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase. \p \v 19 Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Eyinom ne aguamammɔ, efi, ahohwi, \v 20 abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaapaemu, \v 21 nitan, nsabow, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛnea mabɔ mo dedaw no se, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. \p \v 22 Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, \v 23 odwo ne ahohyɛso. Mmara biara nni hɔ a etia eyinom. \v 24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo de no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asennua mu. \v 25 Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnantew Honhom mu. \v 26 Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuw, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho. \c 6 \s1 Papayɛ \p \v 1 Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufo no fa odwo kwan so teɛ no. Nanso monhwɛ yiye na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ. \v 2 Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, na mudi Kristo mmara no so. \v 3 Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitiriw nanso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho. \v 4 Yɛ wʼadwuma yiye na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforo ho; \v 5 efisɛ ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa. \v 6 Wone nea ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn asɛm no nkyɛ ade pa biara a wowɔ. \p \v 7 Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetwe. Nea onipa dua no, ɛno ara na otwa. \v 8 Sɛ mudi mo akɔnnɔ bɔne akyi a mobɛkɔ ɔsɛe mu, nanso sɛ monantew Honhom mu a, mubenya daa nkwa. \v 9 Ne saa nti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, efisɛ bere a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa abaw a yebetwa nnɔbae no. \v 10 Enti mmere dodow a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titiriw no, wɔn a yɛne wɔn bɔ gyidifo abusua. \b \s1 Ɛnyɛ Twetiatwa Na Mmom Abɔde Foforo \p \v 11 Monhwɛ nkyerɛw akɛse a mede mʼankasa me nsa akyerɛw abrɛ mo. \b \p \v 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma mutwitwa twetia. Nea enti a wɔyɛ eyi ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asennua no nti wɔtaa wɔn. \v 13 Wɔn a wotwa twetia no mpo nni mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wotwa mo twetia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifo. \v 14 Nanso me de, Awurade Yesu Kristo asennua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasennua no nti, nea mede hoahoa me ho wɔ wiase no awu, na saa ara na nea wiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu. \v 15 Sɛ obi atwa twetia anaa ontwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne abɔde foforo. \v 16 Onyankopɔn adɔe ne nʼasomdwoe nka wɔn a wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔne Onyankopɔn mu nnipa foforo. \b \p \v 17 Efi saa bere yi rekɔ, obiara nhaw mʼadwene bio, efisɛ mewɔ ɔhonam ani twã a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu de. \b \p \v 18 Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.