\id EZR - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Ɛsra \toc1 Ɛsra Nhoma \toc2 Ɛsra \toc3 Ɛsra \mt1 Ɛsra Nhoma \c 1 \s1 Yuda Nnommum No San Ba Yerusalem \p \v 1 Persiahene Kores afe a edi kan no mu no, \nd Awurade\nd* kaa Kores koma ma ɔkyerɛw saa dawubɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman no nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. \pmo \v 2 Sɛnea Persiahene Kores\f + \fr 1.2 \fr*\ft Na Kores Ahemman no trɛw fi India kosi Misraim, ɛtoaa so fi Po Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kosi Etiopia.\ft*\f* ka ni: \pm \nd Awurade\nd*, ɔsoro Nyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. \v 3 Mo a moyɛ ne nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsan nkosi saa \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Nyankopɔn bɛka mo ho. \v 4 Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafo nkae no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafo no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantu nneɛma, nyɛmmoa ne koma pa mu afɔrebɔde a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantu no. \p \v 5 Na Onyankopɔn kaa Lewifo, Yuda ne Benyamin mmusuakuw ntuanofo no koma sɛ, wɔnsan mmra Yerusalem mmesiesie \nd Awurade\nd* asɔredan no. \v 6 Na wɔn afipamfo boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛde pa bebree de kaa nea efi wɔn ankasa koma mu no ho. \p \v 7 Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenne a ɔhene Nebukadnessar tase fii \nd Awurade\nd* asɔredan mu wɔ Yerusalem de koguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no bae. \v 8 Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wotwaa wɔn asu a wɔresan aba Yuda no panyin Sesbasar nsa. \b \li4 \v 9 Eyinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛe: \b \tr \tc1 sikakɔkɔɔ nsiase \tcr2 30 \tr \tc1 dwetɛ nsiase \tcr2 1,000 \tr \tc1 dwetɛ ɔhyewsɛn \tcr2 29 \tr \tc1 \v 10 sikakɔkɔɔ hweaseammɔ \tcr2 30 \tr \tc1 dwetɛ hweaseammɔ \tcr2 410 \tr \tc1 nneɛma a ɛkeka ho \tcr2 1,000 \b \li4 \v 11 Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem bere a wɔn a wotwaa wɔn asu fi Babilonia baa hɔ no dodow yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem anum ne ahannan (5,400). \b \c 2 \li4 \v 1 Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. \v 2 Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,\f + \fr 2.2 \fr*\ft Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔkyerɛw Nehemia Nhoma no.\ft*\f* Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. \b \li4 Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni: \tr \tc1 \v 3 Dodow a wɔyɛ \tr \tc1 Paros asefo \tcr2 2,172 \tr \tc1 \v 4 Sefatia asefo \tcr2 372 \tr \tc1 \v 5 Arah asefo \tcr2 775 \tr \tc1 \v 6 Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) \tcr2 2,812 \tr \tc1 \v 7 Elam asefo \tcr2 1,254 \tr \tc1 \v 8 Satu asefo \tcr2 945 \tr \tc1 \v 9 Sakai asefo dodow yɛ \tcr2 760 \tr \tc1 \v 10 Bani asefo dodow yɛ \tcr2 642 \tr \tc1 \v 11 Bebai asefo dodow yɛ \tcr2 623 \tr \tc1 \v 12 Asgad asefo dodow yɛ \tcr2 1,222 \tr \tc1 \v 13 Adonikam asefo dodow yɛ \tcr2 666 \tr \tc1 \v 14 Bigwai asefo dodow yɛ \tcr2 2,056 \tr \tc1 \v 15 Adin asefo dodow yɛ \tcr2 454 \tr \tc1 \v 16 Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ \tcr2 98 \tr \tc1 \v 17 Besai asefo dodow yɛ \tcr2 323 \tr \tc1 \v 18 Yora asefo dodow yɛ \tcr2 112 \tr \tc1 \v 19 Hasum asefo dodow yɛ \tcr2 223 \tr \tc1 \v 20 Gibar asefo dodow yɛ \tcr2 95 \tr \tc1 \v 21 Betlehemfo dodow yɛ \tcr2 123 \tr \tc1 \v 22 Netofafo dodow yɛ \tcr2 56 \tr \tc1 \v 23 Anatotfo dodow yɛ \tcr2 128 \tr \tc1 \v 24 Asmawetfo dodow yɛ \tcr2 42 \tr \tc1 \v 25 Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ \tcr2 743 \tr \tc1 \v 26 Ramafo ne Gebafo dodow yɛ \tcr2 621 \tr \tc1 \v 27 Mikmasfo dodow yɛ \tcr2 122 \tr \tc1 \v 28 Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ \tcr2 223 \tr \tc1 \v 29 Nebo ɔmanmma dodow yɛ \tcr2 52 \tr \tc1 \v 30 Magbis ɔman dodow yɛ \tcr2 156 \tr \tc1 \v 31 Elam ɔmanmma dodow yɛ \tcr2 1,254 \tr \tc1 \v 32 Harim ɔmanmma dodow yɛ \tcr2 320 \tr \tc1 \v 33 Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ \tcr2 725 \tr \tc1 \v 34 Yeriko ɔmanmma dodow yɛ \tcr2 345 \tr \tc1 \v 35 Senaa ɔmanmma dodow yɛ \tcr2 3,630 \b \li4 \v 36 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: \tr \tc1 Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ \tcr2 973 \tr \tc1 \v 37 Imer asefo dodow yɛ \tcr2 1,052 \tr \tc1 \v 38 Pashur asefo dodow yɛ \tcr2 1,247 \tr \tc1 \v 39 Harim asefo dodow yɛ \tcr2 1,017 \b \li4 \v 40 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: \tr \tc1 Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ \tcr2 74 \b \li4 \v 41 Nnwontofo: \tr \tc1 Asaf\f + \fr 2.41 \fr*\ft Na Asaf yɛ Lewifo no mu baako a Dawid yii no ma ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so.\ft*\f* asefo mu nnwontofo dodow yɛ \tcr2 128 \b \li4 \v 42 Aponanohwɛfo:\f + \fr 2.42 \fr*\ft Na aponanohwɛfo no yɛ Lewifo a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.\ft*\f* \tr \tc1 Salum, Ater, Talmon asefo \tr \tc1 Akub, Hatita ne Sobai asefo \tcr2 139 \b \li4 \v 43 Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae: \tr \tc1 Siha, Hasufa, Tabaot, \tr \tc1 \v 44 Keros, Siaha, Padon, \tr \tc1 \v 45 Lebana, Hagaba, Akub, \tr \tc1 \v 46 Hagab, Samlai, Hanan, \tr \tc1 \v 47 Gidel, Gahar, Reaia, \tr \tc1 \v 48 Resin, Nekoda, Gasam, \tr \tc1 \v 49 Usa, Paseah, Besai, \tr \tc1 \v 50 Asna, Meunim, Nefisi, \tr \tc1 \v 51 Bakbuk, Hakufa, Harhur, \tr \tc1 \v 52 Baslut, Mehida, Harsa, \tr \tc1 \v 53 Barkos, Sisera, Tema, \tr \tc1 \v 54 Nesia ne Hatifa. \li4 \v 55 Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae: \tr \tc1 Sotai, Hasoferet, Peruda, \tr \tc1 \v 56 Yaala, Darkon, Gidel, \tr \tc1 \v 57 Sefatia, Hatil, \tr \tc1 Pokeret-Hasebaim ne Ami. \tr \tc1 \v 58 Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ \tcr2 362 \b \li4 \v 59 Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo. \li4 Saa nnipakuw yi ne: \tr \tc1 \v 60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ \tcr2 652 \b \li4 \v 61 Asɔfo mmusua abiɛsa: \li1 Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.) \li4 \v 62 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. \v 63 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa \nd Awurade\nd*. \b \li4 \v 64 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), \v 65 a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo\f + \fr 2.65 \fr*\ft Lewifo nnwontofo no akyi no na nnwontofo foforo bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, aware ne ayi ase.\ft*\f* ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea. \v 66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245), \v 67 yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe. \b \p \v 68 Bere a woduu \nd Awurade\nd* asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie \nd Awurade\nd* asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ. \v 69 Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo. \p \v 70 Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so. \c 3 \s1 Wɔsan Si Afɔremuka No \p \v 1 Ɔsram a ɛto so ason mfiase a Israelfo abɔ atenase wɔ wɔn nkurow mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa koro wɔ Yerusalem. \v 2 Na Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafo fii ase siesiee Israel Nyankopɔn afɔremuka no, sɛnea wobetumi abɔ ɔhyew afɔre wɔ so, sɛnea wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara mu no. \v 3 Ɛwɔ mu sɛ na nkurɔfo no suro amannifo a wɔtete hɔ no de, nanso wɔsan sii afɔremuka no wɔ ne dedaw mu hɔ. Ɛhɔ ara na wofii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa \nd Awurade\nd*. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummere biara. \v 4 Wodii Asese Afahyɛ no sɛnea wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nhoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre, sɛnea afahyɛ da biara de te no. \v 5 Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyew afɔre no ne afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne mfe ahorow afahyɛ de maa \nd Awurade\nd*. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔre nso de maa \nd Awurade\nd*. \v 6 Aka nnaawɔtwe abien na Guankɔbea Afahyɛ no adu so no, asɔfo no fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre maa \nd Awurade\nd*. Wofii eyi nso ase ansa na wɔreto \nd Awurade\nd* asɔredan no fapem. \p \v 7 Na wɔbɔɔ adansifo ne nnuadwumfo paa na wɔtɔɔ sida nnua fi Tirofo ne Sidonfo nkyɛn, na wɔde nnuan, nsa ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no fi Lebanon mmepɔw so guu po ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho kwan. \p \v 8 Wofii Onyankopɔn asɔredan no si ase wɔ ɔsram a ɛto so abien mu afe a ɛto so abien fi bere a wokoduu Yerusalem no. Wɔn a wofi asutwa mu bae no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfo a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfo asɔfo ne Lewifo nyinaa nso ka ho. Lewifo a na wɔadi mfe aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde \nd Awurade\nd* asɔredan no asiesie hyɛɛ wɔn nsa. \v 9 Yesua ne ne mmabarima ne nʼabusuafo ne Kadmiel ne ne mmabarima ne Hodawia asefo nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfo hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafo Lewifo na wɔboaa hwɛɛ saa dwumadi yi so. \p \v 10 Bere a adansifo no wiee \nd Awurade\nd* asɔredan no fapem no, asɔfo no hyɛɛ wɔn asɔfotade, kɔtenaa wɔn tenabea, hyɛn wɔn ntorobɛnto. Na Asaf asefo Lewifo no bɔɔ wɔn kyɛnkyɛn, de kamfoo \nd Awurade\nd* sɛnea na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ. \v 11 Wɔde nkamfo ne aseda too saa dwom yi maa \nd Awurade\nd* se: \q1 “Oye, \q2 Na nʼadɔe wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!” \m Na ɔmanfo no nyinaa teɛɛ mu ahoɔden so, de kamfoo Awurade, efisɛ \nd Awurade\nd* asɔredan fapem no, wɔato. \v 12 Asɔfo mpanyimfo no bebree, Lewifo ne ntuanofo no kaee asɔredan a edi kan no, sui bere a wohuu asɔredan foforo no fapem a wɔato no. Na afoforo nso teɛteɛɛ mu anigye so. \v 13 Anigye nteɛteɛmu ne osu a adi afra no ano yɛɛ den, na nnipa tee wɔ akyirikyiri. \c 4 \s1 Atamfo Sɔre Tia Asɔredan No Asiesie \p \v 1 Yuda ne Benyamin\f + \fr 4.1 \fr*\ft Na Benyaminfo yɛ Samariafo.\ft*\f* atamfo no tee sɛ wɔn a wotwaa wɔn asu no resiesie \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, asɔredan no. \v 2 Enti wɔkɔɔ Serubabel ne ntuanofo no a wɔaka no nkyɛn, na wɔkae se, “Momma yɛne mo nsi, efisɛ yɛsom mo Nyankopɔn sɛnea mosom no no. Efi bere a Asiriahene Esarhadon de yɛn baa ha yi, yɛabɔ afɔre ama no.” \p \v 3 Na Serubabel, Yesua ne Israel ntuanofo bi buae se, “Munni kyɛfa wɔ saa dwuma yi di mu, efisɛ yɛne mo nni hwee yɛ. Yɛn nko ara na yebesi \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, asɔredan no sɛnea Persiahene Kores ahyɛ yɛn no.” \p \v 4 Na ɔmanfo no pɛɛ sɛ wobu Yudafo no aba mu na wohunahunaa wɔn wɔ adwuma no yɛ ho. \v 5 Wɔhyɛɛ ananmusifo bi afono mu sɛ wɔnhaw wɔn na wɔnsɛe wɔn botae no. Eyi kɔɔ so wɔ Persiahene Kores ahenni nyinaa mu kosii bere a Persiahene Dario bedii ahengua no. \p \v 6 Bere a Ahasweros dii ade mfe kakraa bi akyi no, Yudafo atamfo kyerɛw no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem. \p \v 7 Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta bere so no, Yuda atamfo a Bislam, Mitredat ne Tabeel di anim, kyerɛw krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ ase kyerɛɛ ɔhene no. \p \v 8 Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asennii kyerɛwfo kyerɛw krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛnea ɔman Yerusalem mu te. \pmo \v 9 Wokyiaa ɔhene no ma ɛkɔtoo wɔn a wɔne wɔn bɔ, atemmufo ne ɔman no mu ntuanofo, Tarpela manfo, Persiafo, Babelfo ne Elamfo. \v 10 Wɔsan kyiaa nnipa a wɔaka no a ɔkɛse ne otitiriw Asurbanipa atwa wɔn asu, de wɔn akogu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asu Eufrate atɔe fam no so no. \p \v 11 Eyi yɛ krataa a wɔde kɔmaa no no nsɛso: \pmo Efi wʼasomfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no nkyɛn de kɔma Artasasta: \pm \v 12 Yɛrebɔ wo amanneɛ sɛ, Yudafo a wofi Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie atuatewfo ne abɔnefo kurow no. Wɔato afasu no fapem dedaw, na ɛrenkyɛ na wɔawie. \pm \v 13 Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wosiesie kurow yi ne nʼafasu no wie a, ɛremmoa wo koraa, efisɛ Yudafo no rentua wɔn tow ne aguade biara mma wo. \v 14 Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfo nokwafo nti, yɛmpɛ sɛ wʼanim begu ase wɔ saa kwan yi so nti na yɛrebɔ wo saa amanneɛ yi. \v 15 Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hu sɛnea saa kurow yi yɛɛ atuatew kurow tete no. Nokware ni, wɔsɛee no, esiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛe sɛ wodi wɔn so no nti. \v 16 Yɛpae mu ka se, sɛ wosiesie kurow yi na wowie nʼafasu no a, wobɛhwere asu Eufrate agya asase no. \p \v 17 Artasasta mmuae ni: \pmo Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asennii kyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa. \pm \v 18 Mikyia mo nyinaa. Krataa a mokyerɛwee no, wɔakyerɛ ase, akenkan akyerɛ me. \v 19 Mahyɛ sɛ wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛnpɛnsɛnmu, na mahu sɛ, ampa ara, mmere bi a atwa mu no, na Yerusalem yɛ atuatewman a etiaa ahemfo bebree a na abantugu yɛ ade a wɔyɛ daa wɔ hɔ. \v 20 Ahemfo atumfo a adi ade wɔ Yerusalem ne asu Eufrate agya no nyinaa agye tow ne aguade bebree. \v 21 Ɛno nti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wosiesie kurow no, gye sɛ mema ho kwan. \v 22 Monntwentwɛn so koraa, efisɛ ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam. \p \v 23 Bere a wɔkenkan saa krataa a efi ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfo no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafo no ma wogyaee adansi no. \b \p \v 24 Wogyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ nea adu hɔ ara, kosii Persiahene Dario ahenni afe a ɛto so abien no so. \c 5 \s1 Serubabel San Besiesie Asɔredan No \p \v 1 Saa bere no, adiyifo Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Nyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no. \v 2 Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tiei, fitii ase sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn. \p \v 3 Saa bere no mu na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asu Eufrate agya no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfo kɔɔ Yerusalem kobisae se, “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsiesie asɔredan yi?” \v 4 Wɔsan ka kyerɛɛ wɔn se, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn. \v 5 Nanso esiane sɛ na wɔn Nyankopɔn hwɛ wɔn so nti, wɔansiw Yudafo ntuanofo no adansi no ho kwan kosii sɛ wɔde ɛho asɛm kɔdan Dario ma ɔsesaa nʼadwene. \p \v 6 Eyi ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanyimfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no bi kyerɛw kɔmaa ɔhene Dario: \v 7 Yekyia wo, ɔhene Dario. \pm \v 8 Yɛpɛ sɛ yɛma wo te sɛ, yɛkɔɔ beae a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu no. Abo sononko a wɔasiesie ne nnua na wɔde resi afasu no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so. \pm \v 9 Yebisaa ntuanofo no se, “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsiesie asɔredan yi?” \v 10 Na yebisaa wɔn adwumayɛfo din sɛnea yebetumi akyerɛ wo wɔn ntuanofo no. \pm \v 11 Wɔn mmuae ni: \b \pm “Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Nyankopɔn no asomfo, na yɛresan asi asɔredan a ɔhene kɛse bi a na ɔwɔ Israel sii mfe bebree a atwa mu no. \v 12 Na esiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn abufuw nti, ogyaa wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na otwaa nkurɔfo no asu kɔɔ Babilonia. \pm \v 13 “Nanso Babiloniahene Kores adedi mu afe a edi kan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wosiesie Onyankopɔn asɔredan no. \v 14 Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase fii Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem de koguu Babilonia asɔredan mu no san bae. Wɔtasee saa nneɛma no fii saa asɔredan no mu de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so. \v 15 Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsan mfa nkuku ne nkaka no nsan nkogu wɔn afa wɔ Yerusalem, na ɔnsan nsi Onyankopɔn asɔredan no wɔ faako a na esi kan no. \pm \v 16 “Enti Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem wɔ Yerusalem. Efi saa bere no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wonwiee ɛ.” \b \pm \v 17 Enti mprempren, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔsampam Babilonia ahemfi nneɛma dedaw akorae hɔ nhwɛ sɛ ɔhene Kores anhyɛ mmara sɛ wonsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ana. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho. \c 6 \s1 Dario Ma Asɔredansi No Ho Kwan \p \v 1 Enti ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔhwehwɛ Babilonia nneɛma dedaw akorae hɔ faako a wɔkora nneɛma a ɛsom bo no. \v 2 Na Ekbatana aban a ɛwɔ Mediaman no mu hɔ no na wohuu krataa mmobɔwee bi. Na emu nsɛm ni: \pmo Amanneɛbɔ krataa: \pm \v 3 Ɔhene Kores dii ade nʼafe a edi so no, wɔhyɛɛ mmara faa Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. \b \pm Ɛkae se ɛsɛ sɛ wɔsan si no wɔ beae a na Yudafo bɔ wɔn afɔre hɔ, wɔ fapem dedaw no so. Ɛsɛ sɛ ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw nso anammɔn aduɔkron. \v 4 Abo a wɔasiesie no sononko no mmeaso abiɛsa biara so no, ɛsɛ sɛ wɔde nnua gu. Na adehye foto mu na wobefi atua ho ka. \v 5 Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase fii Onyankopɔn asɔredan a esi Yerusalem no mu de kɔɔ Babilonia no, ɛsɛ sɛ wɔsan de kɔ Yerusalem, de kogu Onyankopɔn asɔredan no mu sɛnea na ɛte no. \b \pm \v 6 Na ɔhene Dario de saa nkra yi somae: Mede krataa yi kɔma amrado Tatenai a ɔwɔ asu Eufrate agya ne Setar-Bosnai ne mo mfɛfo ne mpanyimfo a wɔwɔ Eufrate agya sɛ monnkɔ hɔ. \v 7 Monnkotwintwan Onyankopɔn asɔredan no si anan mu. Wonsi no wɔ beae dedaw mu hɔ ara, na monntoto Yuda amrado ne Yudafo mpanyimfo anan mu wɔ adwuma no yɛ ho. \pm \v 8 Na mesan hyɛ mo bio sɛ, mommoa saa Yudafo mpanyimfo no wɔ Onyankopɔn asɔredan no si mu. \pm Ɛsɛ sɛ mutua adansi no ho ka nyinaa fi tow a mugyigye fi mo man mu a monntwentwɛn so koraa, sɛnea adwuma no yɛ renka. \v 9 Biribiara a ɛho hia asɔfo a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwimma, adwennini ne nguantenmma a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atoko, nkyene, nsa ne ngo a ɛho behia wɔn da biara a monnto mu. \v 10 Sɛ ɛba saa a, wobetumi abɔ afɔre a ɛsɔ ani ama ɔsorosoro Nyankopɔn, na wɔabɔ mpae ama me ne me mmabarima. \pm \v 11 Wɔn a wobebu mmara no so wɔ ɔkwan biara so no, wobeyi wɔn adan so mpuran, na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afi adwiriw, adan sumina siw. \v 12 Onyankopɔn a wayi Yerusalem kurow sɛ beae a wɔnhyɛ ne din anuonyam no nsɛe ɔhene anaa ɔman biara a wobebu ne mmara so, asɛe asɔredan no. \pm Me Dario na mahyɛ saa mmara yi. Ma ɔmanfo ntie no aso pa mu. \p \v 13 Na Tatenai a ɔyɛ asu Eufrate agya amrado ne Setar-Bosnai ne ne mfɛfo dii Dario mmara a ɔhyɛɛ no so prɛko pɛ. \v 14 Enti Yudafo mpanyimfo toaa wɔn dwumadi no so na asɛm a adiyifo Hagai ne Ido babarima Sakaria kae no hyɛɛ wɔn nkuran. Na wowiee asɔredan no si, sɛnea Israel Nyankopɔn hyɛe na Kores, Dario ne Persiahene Artasasta hyɛɛ mmara no. \v 15 Wowiee asɔredan no si wɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so dumien, ɔhene Dario ahenni mfe asia so. \p \v 16 Israelfo, asɔfo, Lewifo ne nnipa no nkae a wofi nnommum mu aba no de ahosɛpɛw too Onyankopɔn asɔredan no din. \v 17 Onyankopɔn asɔredan no dinto afahyɛ no mu no, wɔde nantwimma ɔha, adwennini ahannu ne nguantenmma ahannan bɔɔ afɔre. Na wɔmaa mmirekyi dumien sɛ bɔne ho afɔrebɔde, de gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuw dumien no. \v 18 Na wɔkyekyɛɛ asɔfo ne Lewifo no mu, sɛnea wɔn akuw ahorow te no ma wɔsom wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Nhoma mu no. \p \v 19 Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so aduonu baako no, wɔn a wofi nnommum mu bae no dii Twam Afahyɛ. \v 20 Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho maa wɔn ho tew maa afahyɛ no. Enti wokum Twam Afahyɛ guamma maa wɔn a wofi nnommum mu bae no nyinaa ne asɔfo a wɔaka ne wɔn ankasa wɔn ho. \v 21 Nnipa a wɔwɔ Israel a wofi nnommum mu aba no ne nnipa no nkae a wɔwɔ ɔman no mu no a wɔadan afi wɔn amumɔyɛ akwan ho abɛsom \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, no na wodii twam aduan no. \v 22 Wodii Twam Afahyɛ aduan no, na wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛw baa ɔman no mmaa nyinaa, efisɛ \nd Awurade\nd* sakraa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho ma ɔboaa wɔn sii Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn, asɔredan no. \c 7 \s1 Ɛsra Kɔ Yerusalem \p \v 1 Persiahene Artasasta ahenni mu no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima \v 2 na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima \v 3 na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima \v 4 a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima \v 5 a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasar babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanyin no babarima. \v 6 Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a onim Mose mmara no a \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, de ama Israelfo no yiye. Ofi Babilonia baa Yerusalem na biribiara a obisaa ɔhene no ɔde maa no, efisɛ na \nd Awurade\nd* nsa no wɔ ne so. \v 7 Israelhene no ne asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo ne asɔredan mu asomfo ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahenni mfe ason so. \p \v 8 Saa afe no, Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem. \v 9 Ofii Babilonia Abib ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so awotwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛto so anan. Na Onyankopɔn adom nsa wɔ ne so. \v 10 Efisɛ na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, obesua, na wadi \nd Awurade\nd* mmara so, na wakyerɛ Israelfo saa mmara no. \p \v 11 Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfo Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo a osuae, na ɔkyerɛɛ Israelfo \nd Awurade\nd* mmara no. Ɔkyerɛw se: \pmo \v 12 Me ahene mu hene Artasasta, nkyia a mede rekyia ɔsɔfo Ɛsra ne \nd Awurade\nd* a ɔte ɔsorosoro no mmarakyerɛni no ni: \pm \v 13 Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼaheman mu a asɔfo ne Lewifo ka ho no nyinaa, mfi wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem. \v 14 Me ne mʼagyinatufo baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Nyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho. \v 15 Fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔre a yɛrebɔ ama Israel Nyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ, \v 16 na gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wubenya afi Babilonia ne nea wɔde bɛkyɛ wo biara afi ɔmanfo ne asɔfo nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Nyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no kɔ. \v 17 Saa akyɛde yi, nea ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, adwennini, nguantenmma ne atoko afɔrebɔde a ɛfata, ne nsa afɔrebɔde a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔre wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔremuka so. \pm \v 18 Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wo mfɛfo mfa nni dwuma biara a mugye di sɛ ɛyɛ mo Nyankopɔn pɛ. \v 19 Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Nyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no. \v 20 Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mummisa sika mfi adehye foto mu. \pm \v 21 Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapade akorae a ɛwɔ asu Efrate agya no sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, efisɛ ɔyɛ ɔsɔfo ne ɔsorosoro Nyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛfo. \v 22 Ɛsɛ sɛ moma no kosi dwetɛ nkaribo pɔn mpem ason ne ahannum, atoko susukoraa ahannum, nsa gyare ahannum aduonum, ngo gyare ahannum aduonum ne nkyene a wontumi mmu ano. \v 23 Monhwɛ yiye, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro no abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuw ba ɔhene ne ne mmabarima so? \v 24 Mesan hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo, Lewini, nnwontofo, ɔpon ano hwɛfo, asɔredan mu somfo anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no tua tow biara. \pm \v 25 Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asennifo ne atemmufo a wonim mo Nyankopɔn mmara no, na wodi nnipa a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn. \v 26 Obiara a obebu mo Nyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wobekum no, wobetwa no asu, wɔbɛfa nʼagyapade anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.\f + \fr 7.26 \fr*\ft \+xt 7.21-26\+xt* Wɔkyerɛw saa ɔfa yi wɔ Arameike kasa a saa bere no na wɔde di dwuma no mu.\ft*\f* \p \v 27 Ayeyi nka \nd Awurade\nd*, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ onsiesie \nd Awurade\nd* asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no. \v 28 Na ayeyi nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me anuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufo ne nʼahenemma atumfo no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, efisɛ na \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn, nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofo no bi ano sɛ wɔnka me ho mma yɛnkɔ Yerusalem. \c 8 \s1 Nnommum A Wɔne Ɛsra Bae \li4 \v 1 Eyinom ne abusua mu ntuanofo ne anato ahorow a ɔhene Artasasta di ade no, wɔne me fi Babilonia bae: \b \li1 \v 2 Pinehas asefo mu no: \li2 Gersom; \li1 Itamar asefo mu no: \li2 Daniel. \li1 Dawid asefo mu no: \li2 Sekania babarima Hatus. \li1 \v 3 Paros asefo mu no: \li2 Sakaria ne mmarima afoforo bi ɔha aduonum. \li1 \v 4 Pahat-Moab asefo mu no: \li2 Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforo bi ahannu. \li1 \v 5 Satu asefo mu no: \li2 Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforo bi ahaasa. \li1 \v 6 Adin asefo mu no: \li2 Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforo bi aduonum. \li1 \v 7 Elam asefo mu no: \li2 Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforo bi aduɔson. \li1 \v 8 Sefatia asefo mu no: \li2 Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforo bi aduɔwɔtwe. \li1 \v 9 Yoab asefo mu no: \li2 Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforo bi ahannu ne dunwɔtwe. \li1 \v 10 Bani asefo mu no: \li2 Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforo bi ɔha aduosia. \li1 \v 11 Bebai asefo mu no: \li2 Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforo bi aduonu awotwe. \li1 \v 12 Asgad asefo mu no: \li2 Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforo bi ɔha ne du. \li1 \v 13 Adonikam asefo a wotwa to no: \li2 wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia a, mmarima afoforo bi aduosia ka wɔn ho. \li1 \v 14 Bigwai asefo mu no: \li2 Utai ne Sakur a mmarima afoforo bi aduɔson ka wɔn ho. \p \v 15 Meboaa nnommum no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛma wɔtenaa hɔ nnansa, bere a merehwɛ nnipa no ne asɔfo a wɔabedu hɔ no din mu no, mihuu sɛ Lewifo no mu baako mpo antu ne ho ansi hɔ. \v 16 Enti mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfo no ntuanofo no. Mesan soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ nimdefo no nso; \v 17 na mema wɔkɔɔ Ido a na otua Lewifo no ano no nkyɛn wɔ Kasifia. Mekyerɛɛ wɔn nea wɔnka nkyerɛ Ido ne nʼabusuafo ne asɔredan no mu asomfo no wɔ Kasifia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ahwɛfo bɛbrɛ yɛn wɔ yɛn Nyankopɔn fi. \v 18 Esiane sɛ Onyankopɔn adom nsa wɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmabarima ne ne nuabarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafo a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni, \v 19 ne Merari asefo Yesaia, Hasabia ne ne mmabarima ne ne nuabarimanom aduonu \v 20 ne asɔredan no mu asomfo ahannu ne aduonu bae. Na asɔredan mu asomfo no yɛ Lewifo no aboafo a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfo kuw bi a Dawid na ɔfaa wɔn kan. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din. \p \v 21 Na Ahawa Suka no ho no, mehyɛɛ sɛ yenni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpae sɛ ɔbɛma yɛakodu dwoodwoo, na wabɔ yɛn ne yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebetu kwan no ho ban. \v 22 Na mefɛree sɛ mebisa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafo ne apɔnkɔsotefo na wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene no se, “Yɛn Nyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuwhyew no tia wɔn a wɔpo no.” \v 23 Enti yedii mmuada, bɔɔ mpae srɛɛ yɛn Nyankopɔn wɔ eyi ho, na otiee yɛn mpaebɔ. \p \v 24 Na miyii asɔfo no ntuanofo dumien a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfo afoforo du a wɔka wɔn ho \v 25 sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ hweaseammɔ ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufo, ne ntuanofo ne Israelfo de ama Onyankopɔn fi no so. \v 26 Mede agude no rema wɔn no, mekarii na mihuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkaribo tɔn aduonu anan, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, sikakɔkɔɔ nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, \v 27 sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem bo yɛ pɛ, kɔbere nneɛma abien a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ ankasa. \p \v 28 Na meka kyerɛɛ saa asɔfo yi se, “Wɔayi mo ne saa agyapade yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama \nd Awurade\nd*. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ koma pa mu afɔrebɔde a wɔde rema \nd Awurade\nd*, yɛn agyanom Nyankopɔn. \v 29 Monhwɛ saa agyapade yi so yiye, na momfa mma asɔfo mpanyin, Lewifo ne Israel ntuanofo wɔ adekorae a ɛwɔ Yerusalem asɔredan no mu no.” \v 30 Enti asɔfo no ne Lewifo no gye too wɔn ho so sɛ wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem. \p \v 31 Yefii Ahawa Suka atenae hɔ Ab ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunkron, sii mu kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn fii atamfo ne akwamukafo nsam. \v 32 Enti yekoduu Yerusalem dwoodwoo, homee wɔ hɔ nnansa. \p \v 33 Yeduu no, ne nnaanan so no, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfo Meremot ne Pinehas babarima Eleasar ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifo no nsa. \v 34 Wɔkan biribiara dodow, karii mu duru, kyerɛw biribiara. \p \v 35 Na wɔn a wofi nnommum mu bae no de anantwi dumien, adwennini aduɔkron asia ne nguantenmma aduɔson ason, bɔɔ ɔhyew afɔre, maa Israel Nyankopɔn. Afei, wɔmaa mmirekyi dumien sɛ bɔne ho afɔrebɔde. Wɔde eyinom nyinaa bae sɛ ɔhyew afɔre maa \nd Awurade\nd*. \v 36 Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanyimfo ne amradofo a wɔwɔ asu Eufrate agya no, na wɔn nyinaa yɛɛ baako boaa Onyankopɔn asɔredan no si. \c 9 \s1 Ɛsra Bɔ Ahɔhoware Ho Mpae \p \v 1 Na Yudafo ntuanofo no baa me nkyɛn bɛkae se, “Israelfo bebree, na mpo, asɔfo ne Lewifo ntwee wɔn ho mfii nnipa afoforo bi a wɔte asase no so no ho. Wodi akyiwade a na Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo yɛ no akyi. \v 2 Na Israelfo mmarima ware fi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom fi wɔn mu, ma wɔn mmabarima. Enti ananafo aware no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, mpanyimfo ne ntuanofo no koraa na wodi ho fɔ kɛse.” \p \v 3 Metee saa asɛm no, misunsuan me ntade mu,\f + \fr 9.3 \fr*\ft Ntade mu sunsuan kyerɛ osu ne awerɛhowdi.\ft*\f* tutuu me tinwi fii me ti so, tutuu mʼabogyesɛ nso, tew tenaa fam ahodwiriw so. \v 4 Na wɔn a na wonya ayamhyehye wɔ Israel Nyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn wɔ ne nkurɔfo nokware a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwiriw so kosii anwummere afɔrebɔbere. \p \v 5 Eduu afɔrebɔbere no, mesɔre gyinaa faako a na mete hɔ awerɛhow mu a masunsuan mʼatade mu no, na mibuu nkotodwe, maa me nsa so kyerɛɛ \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn no. \v 6 Mebɔɔ mpae se: \pm “Me Nyankopɔn, mʼani awu yiye, na mafɛre sɛ merema mʼani so kyerɛ wo. Na yɛn bɔne akɔ soro sen yɛn ti, na yɛn afɔdi adu ɔsorosoro. \v 7 Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛse. Ɛno nti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfo ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔn, agu yɛn anim ase sɛnea yɛte nnɛ yi \pm \v 8 “Nanso mprempren, \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn adom ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaase. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beae kronkron ha. Yɛn Nyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegye kakra afi yɛn nkoasom mu. \v 9 Efisɛ na yɛyɛ nkoa, nanso ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no nti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yiye. Ɔkanyan yɛn, sɛnea yebetumi asan asi yɛn Nyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfo no. Wama yɛn bammɔ afasu wɔ Yuda ne Yerusalem. \pm \v 10 “Na mprempren, yɛn Nyankopɔn, asɛm bɛn na yɛwɔ ka wɔ eyinom nyinaa akyi? Efisɛ yɛapo wo mmara nsɛm \v 11 a wonam wʼasomfo adiyifo no so bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ‘Asase a mobɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛe bɔne so agu ho fi koraa. Porɔwee ahyɛ asase no so ma, fi ti kosi ti. \v 12 Enti mommma mo mmabea nware wɔn mmabarima, na mo mmabarima nso nware wɔn mmabea, na ɛnsɛ sɛ moboa saa aman no wɔ ɔkwan biara so, na yɛayɛ ɔman kɛse, adi asase no so nnepa, na yɛagyaw ama yɛn mma sɛ daapem agyapade.’ \pm \v 13 “Nea ato yɛn yi fi yɛn amumɔyɛsɛm ne yɛn afɔdi. Nanso asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sen sɛnea ɛfata yɛn, efisɛ wo \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaase. \v 14 Nanso mprempren, yɛresan abu wo mmara nsɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwade no redi aware. Nokware, wʼabufuw bɛsɛe yɛn ara akosi sɛ, nkaefo kakra no ase bɛtɔre koraa. \v 15 \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, woyɛ ɔtreneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaefo a wɔafi nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdi gyina wʼanim a anka yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim wɔ saa tebea yi mu.” \c 10 \s1 Bɔneka \p \v 1 Bere a Ɛsra rebɔ mpae, reka saa bɔne yi no, na ɔresu, de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim, na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfo, mmarima, mmea ne mmofra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo. \v 2 Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra se, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Nyankopɔn nokware, efisɛ yɛawareware abosonsomfo mmea a wɔwɔ asase no so. Nanso eyi akyi no, anidaso wɔ hɔ ma Israel. \v 3 Afei, momma yɛne yɛn Nyankopɔn nyɛ apam, na yennyaa yɛn yerenom abosonsomfo no aware, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yebetie afotu a wo ne afoforo a wodi yɛn Nyankopɔn mmara so no de ama yɛn. Yebedi Onyankopɔn mmara no so. \v 4 Sɔre, na nya akokoduru, efisɛ ɛyɛ wʼasɛde sɛ wokyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.” \p \v 5 Na Ɛsra sɔre gyinae, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfo no ntuanofo, Lewifo ne Israelfo nyinaa nka ntam sɛ wɔbɛyɛ nea Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den. \v 6 Na Ɛsra sɔre fii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhow esiane nnommum a wɔasan aba no nokware a wɔanni no nti. \p \v 7 Afei, wɔbɔɔ dawuru wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa se, nnommum a wɔasan aba no nyinaa mmra Yerusalem. \v 8 Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofo ne mpanyimfo pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapade so, na wɔapam wɔn afi wɔn mu. \b \p \v 9 Nnansa ntam no, na Yudafo ne Benyaminfo aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislev ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa aguabɔbea hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, efisɛ nea edi kan no, na asɛm no mu yɛ duru, na nea ɛto so abien no, na osu nso retɔ. \v 10 Na ɔsɔfo Ɛsra sɔre gyina kae se, “Moayɛ bɔne, efisɛ moawareware mmea abosonsomfo. Enti mprempren, yɛwɔ afɔbu a ano yɛ den mu sen kan de no. \v 11 Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ \nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nʼapɛde. Montwe mo ho mfi nnipa a wɔwɔ asase no so ne mmea abosonsomfo no ho.” \p \v 12 Afei bagua no nyinaa maa wɔn nne so ka se, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokware. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea woaka no. \v 13 Nanso nnipa bebree wɔ ha na ɛyɛ asusow bere, enti yɛrentumi ntena mfikyiri. Bio, yɛrentumi mfa da koro anaa nnaanu nni saa asɛm yi, efisɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛse yi ka yɛn. \v 14 Momma yɛn mpanyimfo nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbea bosonsomni no ne ntuanofo ne atemmufo a wɔwɔ kurow yi mu behyia bere a wɔahyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew a ɛfa saa asɛm yi ho no befi yɛn so.” \v 15 Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wotiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so. \p \v 16 Enti eyi ne nhyehyɛe a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofo ma wosii wɔn mmusua no anan, na ɔde din bi too ntuanoni biara so. Ɔsram Kislev (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so aduonu akron no, ntuanofo no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu. \v 17 Afe a edi so no mu, Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so aduonu ason no na wɔawie mmarima a wɔawareware mmea abosonsomfo no nyinaa ho asɛnka. \li4 \v 18 Asɔfo a na wɔawareware abosonsomfo no din ni: \li1 Yosadak babarima Yesua ne ne nuabarimanom: \li2 Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia. \v 19 Wɔkaa ntam sɛ wobegyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdi too mu, na wɔde adwennini bɛbɔɔ afɔdi ho afɔre. \li1 \v 20 Imer asefo mu no: \li2 Hanani ne Sebadia. \li1 \v 21 Harim asefo mu no: \li2 Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia. \li1 \v 22 Pashur asefo mu no: \li2 Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa. \b \li4 \v 23 Eyinom ne Lewifo a na afɔdi da wɔn so: \li2 Yosabad, Simei, Kelaia, a ɛyɛ Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser. \li1 \v 24 Nnwontofo a na afɔdi da ne so no yɛ: \li2 Eliasib. \li1 Eyinom ne aponanohwɛfo a na afɔdi da wɔn so: \li2 Salum, Telem ne Uri. \b \li4 \v 25 Eyinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfo a na afɔdi da wɔn so: \li1 Paros asefo mu no: \li2 Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasar, Malkia ne Benaia. \li1 \v 26 Elam asefo mu no: \li2 Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia. \li1 \v 27 Satu asefo mu no: \li2 Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa. \li1 \v 28 Bebai asefo mu no: \li2 Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai. \li1 \v 29 Bani asefo mu no: \li2 Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot. \li1 \v 30 Pahat-Moab asefo mu no: \li2 Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Basaleel, Binui ne Manase. \li1 \v 31 Harim asefo mu no: \li2 Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon. \v 32 Benyamin, Maluk ne Semaria. \li1 \v 33 Hasum asefo mu no: \li2 Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei. \li1 \v 34 Bani asefo mu no: \li2 Maadai, Amram ne Uel, \v 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, \v 36 Wania, Meremot, Eliasib, \v 37 Matania, Matenai ne Yaasu. \li1 \v 38 Binui asefo mu no: \li2 Simei, \v 39 Selemia, Natan, Adaia, \v 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, \v 41 Asarel, Selemia, Semaria, \v 42 Salum, Amaria ne Yosef. \li1 \v 43 Nebo asefo mu no: \li2 Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel ne Benaia. \b \li4 \v 44 Na mmarima yi mu biara aware ɔbea bosonsomni a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.