\id EZK - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Hesekiel \toc1 Odiyifo Hesekiel Nhoma \toc2 Hesekiel \toc3 Hes \mt2 Odiyifo \mt1 Hesekiel \mt2 Nhoma \c 1 \s1 Ateasefo No Ne \nd Awurade\nd* Anuonyam \p \v 1 Afe a ɛto so aduasa no, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so anum no, na meka wɔn a wɔatwa wɔn asu akɔ amannɔne no ho. Mewɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn wɔ anisoadehu mu. \p \v 2 Ɔsram no da a ɛto so anum no na ɔhene Yehoiakin adi mfe anum wɔ asutwa mu. \v 3 \nd Awurade\nd* asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfo no nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so. \p \v 4 Mehwɛe, na mihuu sɛ ahum kɛse bi fi atifi fam reba, omununkum kɛse bi a ɛretwa anyinam na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dade a asɔ kɔɔ. \v 5 Na ogya no mu na na wohu biribi te sɛ ateasefo baanan. Na wɔn su te sɛ onipa, \v 6 wɔn mu biara anim yɛ anan na wɔwowɔ ntaban anan anan. \v 7 Wɔn anan yɛ kirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwi ba de na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafrae a wɔahoa ho. \v 8 Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afaafa anan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa anan a baako wɔ ntaban biara ase, \v 9 na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnan wɔn ho. \p \v 10 Na sɛɛ na wɔn anim tete: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwi anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔre anim. \v 11 Saa na na wɔn anim tete. Wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu kɔ soro; na wɔn mu biara wɔ ntaban abien abien, a mu biara si ɔfoforo de anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban abien nso katakata wɔn ho. \v 12 Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, hɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnan wɔn ho. \v 13 Ateasefo no suban te sɛ nnyansramma a ɛredɛw anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefo no mu; ɛhyerɛn na mu na anyinam fi twitwa. \v 14 Na ateasefo no de mmirika di akɔneaba te sɛ anyinam a ɛretwitwa. \p \v 15 Bere a merehwɛ ateasefo no, mihuu sɛ nkyimii si fam wɔ ateasefo a wɔn mu biara anim yɛ anan no nkyɛn mu. \v 16 Sɛɛ na na nkyimii no bɔbea te: Etwa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo, na anan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ mu biara te sɛ nkyimii a ɛtoa nkyimii foforo mu. \v 17 Sɛ nkyimii no nam a wɔkɔ faako a ateasefo no ani kyerɛ; nkyimii no nnan wɔn ho bere a ateasefo no nam no. \v 18 Wɔn hankare no korɔn, na ɛyɛ hu, na aniwa tuatua hankare anan no nyinaa ho. \p \v 19 Sɛ ateasefo no nantew a nkyimii a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no ma wɔn ho so fi fam a nkyimii no nso ma wɔn ho so. \v 20 Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefo no nso bɛkɔ, na nkyimii no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, efisɛ ateasefo no honhom wɔ nkyimii no mu. \v 21 Sɛ ateasefo no tu teɛ a nkyimii no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefo no pagyaw wɔn ho a nkyimii no ne wɔn pagyaw wɔn ho, efisɛ ateasefo no honhom wɔ nkyimii no mu. \p \v 22 Na ntrɛwmu bi wɔ ateasefo no atifi a etwa yerɛw yerɛw te sɛ sukyerɛmma, na ɛyɛ hu. \v 23 Na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛwmu no ase, na ateasefo no mu biara wɔ ntaban abien a ɛkata ne ho. \v 24 Ateasefo no tu teɛe no, metee wɔn ntaban no nnyigyei a ɛte sɛ asu a ɛworo, te sɛ Otumfo no nne, anaa asraafo huuyɛ. Sɛ wogyina a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu. \p \v 25 Na nne bi fi ntrɛwmu a ɛkata wɔn so no atifi bae, bere a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu na wogyinagyina hɔ no. \v 26 Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmo ahengua wɔ ntrɛwmu a ɛkata ateasefo no atifi no so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahengua so wɔ ɔsoro hɔ. \v 27 Mihuu sɛ efi nea ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne soro no na ɔte sɛ dade a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na efi hɔ reba ne fam no na ɔte sɛ ogyaframa; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. \v 28 Sɛnea nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ da no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no te. \p Eyi yɛ \nd Awurade\nd* anuonyam ahoyi no sɛso. Na mihui no, mede mʼanim butuw fam, na metee obi a ɔrekasa nne. \c 2 \s1 Hesekiel Frɛ \p \v 1 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, sɔre gyina hɔ na me ne wo nkasa.” \v 2 Ɔrekasa no, Honhom no bɛhyɛɛ me mu maa me so gyinaa hɔ, na metee se ɔrekasa kyerɛ me. \p \v 3 Ɔkae se, “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfo mu, atuatew man a wayɛ dɔm atia me; wɔne wɔn agyanom ayɛ dɔm atia me abesi nnɛ. \v 4 Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔasen wɔn kɔn na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se.’ \v 5 Na sɛ wotie anaa wɔantie a, esiane sɛ wɔyɛ atuatewfo nti, wobehu ampa ara sɛ odiyifo bi aba wɔn mu. \v 6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwɔ mu sɛ nsasono ne nsɔe atwa wo ho ahyia na wote nkekantwɛre mu de, nanso nsuro nea wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo. \v 7 Wɔyɛ atuatewfo ankasa nanso sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo, ɛsɛ sɛ woka me nsɛm kyerɛ wɔn. \v 8 Nanso wo onipa ba, tie asɛm a meka kyerɛ wo no. Ntew atua te sɛ saa atuatewfo no; bue wʼanom na di nea mede ma wo no.” \p \v 9 Afei mehwɛe, na mihuu nsa bi a ateɛ wɔ me so, na mu na nhoma mmobɔwee bi wɔ. \v 10 Ɔtrɛw mu wɔ mʼanim. Nʼafanu no mu, na wɔakyerɛw kwadwom, awerɛhowdi ne nnome nsɛm. \c 3 \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di nea wuhu wɔ wʼanim no, di saa nhoma mmobɔwee yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfo.” \v 2 Enti mibuee mʼanom na ɔde nhoma mmobɔwee no maa me dii. \v 3 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di saa nhoma mmobɔwee a mede rema wo yi fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti midii na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom. \p \v 4 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, afei kɔ Israelfo nkyɛn na kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn. \v 5 Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nna hɔ anaa ntease nni mu nkyɛn na meresoma wo, mmom meresoma wo Israelfo hɔ. \v 6 Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nna hɔ na ɛyɛ den, wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo wɔ saa nnipa yi nkyɛn a, anka wotiee wo. \v 7 Nanso Israelfo mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me. Israel nyinaa ayɛ komapirim ne asoɔden. \v 8 Ɛno nti mɛma woayɛ asoɔden ne komapirim te sɛ wɔn. \v 9 Mɛyɛ wo moma dennen sɛ apemmo, nea ɛyɛ den sen ɔtwɛrebo. Nsuro wɔn na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo de.” \p \v 10 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yiye na dwene ho wɔ wo koma mu. \v 11 Afei kɔ wo nkurɔfo a wɔwɔ nnommum mu na kasa kyerɛ wɔn. Se wɔn sɛ, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se,’ sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo.” \p \v 12 Na Honhom no maa me so kɔɔ soro na metee sɛ nnyigyei dennen bi reworo so wɔ mʼakyi bere a na \nd Awurade\nd* anuonyam rema ne ho so wɔ ne gyinabea hɔ no\f + \fr 3.12 \fr*\ft anaasɛ Onyankopɔn atenae a ɛwɔ ɔsoro hɔ.\ft*\f* \v 13 Na ɛyɛ nnyigyei a efi ateasefo no ntaban a ɛkeka twiw ho ne nkyimii a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyigyei dennen a ɛworo so. \v 14 Honhom no maa me so kɔɔ soro de me kɔɔ baabi, mekɔɔ no nweenwen ne honhom mu abufuw so, a na \nd Awurade\nd* tumi yɛ kɛse wɔ me so. \v 15 Mebaa nnommum a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na hɔ na me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwiriw me. \s1 Israel Kɔkɔbɔ \p \v 16 Nnanson akyi no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 17 “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfo ama Israel; ɛno nti tie asɛm a meka no, na bɔ wɔn kɔkɔ a efi me. \v 18 Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Ampa ara wubewu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfi nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumɔyɛfo no bewu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa. \v 19 Nanso sɛ wobɔ omumɔyɛfo no kɔkɔ na sɛ wansakra amfi nʼamumɔyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, obewu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa. \p \v 20 “Bio, sɛ ɔtreneeni dan fi trenee ho kɔyɛ bɔne a, mede hintidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ nti, obewu wɔ ne bɔne mu. Adetrenee ahorow a ɔyɛe no, wɔrenkae na mɛma woabu ne mogya ho akontaa. \v 21 Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni no kɔkɔ sɛ onnyae bɔneyɛ na ogyae a, obenya nkwa efisɛ otiee kɔkɔbɔ, na wo nso wubegye wo ho nkwa.” \p \v 22 Na \nd Awurade\nd* tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na kɔ tataw no so, na hɔ na mɛkasa akyerɛ wo.” \v 23 Enti mesɔre kɔɔ tataw no so. Na \nd Awurade\nd* anuonyam te sɛ nea mihuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuw fam. \p \v 24 Afei Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔmaa me so gyinaa hɔ. Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔto wo ho pon mu wɔ wo fi. \v 25 Na wo, onipa ba, wɔde ntampehama bɛkyekyere wo sɛnea worentumi mpue nkɔ nnipa no mu. \v 26 Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanom sɛnea wobɛyɛ komm a worentumi nka wɔn anim, efisɛ wɔyɛ atuatewfo. \v 27 Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mebue wʼano ama woaka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni!’ Nea obetie no ma no ntie, na nea ɔmpɛ sɛ otie no mma no ntie; na wɔyɛ atuatewfo. \c 4 \s1 Yerusalem Tua Ho Mfonitwa \p \v 1 “Na afei, onipa ba, fa ntayaa bi to wʼanim na kurukyerɛw Yerusalem kuropɔn mfoni wɔ so. \v 2 Afei tua nʼano: Di ntuano dwuma ahorow tia no, yɛ pie tia no, yɛ mpampim ne nsraban wɔ ho, na sisi mpuran twa ne ho dantaban. \v 3 Afei, fa dade kyɛmfɛre to ɔfasu wɔ wo ne kuropɔn no ntam na dan wʼani kyerɛ no. Wobetua kuropɔn no ano na wo na wubetua nʼano. Eyi bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama Israelfi. \p \v 4 “Afei da wo benkum so na fa Israel bɔne to wo ho so. Wobɛsoa wɔn bɔne nna dodow a wode da wo fa so no. \v 5 Mede wɔn bɔne mfe no ayɛ nna dodow ama wo. Enti nnafua ahaasa ne aduɔkron na wode bɛsoa Israelfi bɔne. \p \v 6 “Ɛno akyi no, da bio wɔ wo nifa so na soa Yudafo bɔne adaduanan a da koro biara bɛyɛ afe baako. \v 7 Dan wʼani kyerɛ Yerusalem ntuano no na fa nsa pan hyɛ nkɔm tia no. \v 8 Mede ntampehama bɛkyekyere wo sɛnea worentumi nnan wo ho kosi sɛ nna a wɔde tua mo ano no bɛba nʼawie. \p \v 9 “Fa atoko ne awi, asɛ ne asedua, kɔkɔte ne aburow; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to brodo a wubedi. Eyi na wubedi wɔ nnafua ahaasa ne aduɔkron a woda wo fa so no. \v 10 Kari aduan gram ahannu ne aduasa (230) aduonu a wubedi no da koro biara wɔ bere ano, bere ano. \v 11 Afei susuw nsu sukuruwa baako na nom no bere ano bere ano. \v 12 Di aduan no sɛnea anka wubedi atoko ɔfam; to ma nnipa nhu na fa onipa agyanan yɛ ogya.” \v 13 \nd Awurade\nd* kae se: “Saa ara na Israelfo bedi aduan a wɔagu ho fi wɔ amanaman a mɛpam wɔn akɔ so no.” \p \v 14 Na mekae se, “Ɛnte saa, Otumfo \nd Awurade\nd*! Minguu me ho fi da. Efi me mmofraase besi saa bere yi, minnii aboa funu anaa nea nkekaboa bi akum no atetew ne mu da. Nam a ɛho agu fi nkaa mʼano da.” \p \v 15 \nd Awurade\nd* kae se, “eye, mɛma wode nantwi agyanan asi onipa de anan mu, na woato wo brodo wɔ so.” \p \v 16 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, metwa aduan a wɔde ba Yerusalem so. Nnipa no de ahoyeraw bedi aduan a wɔkyekyɛ mu na wɔde abasamtu anom nsu a wɔkyekyɛ, \v 17 efisɛ aduan ne nsu ho bɛyɛ na. Wɔn ho bedwiriw wɔn sɛ wohu wɔn ho wɔn ho, na wɔn bɔne nti wɔbɛfonfɔn.” \c 5 \p \v 1 “Afei onipa ba, fa afoa nnamnam yi yɛ sɛ obi a oyi ti oyiwan na fa yi wo tinwi ne wʼabogyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu. \v 2 Sɛ wo bere a wɔatua mo ano nna no ba awiei a, fa ogya hyew nwi no nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa afoa twitwa nkyɛmu abiɛsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ mframa mu, efisɛ mɛtwe afoa ataa wɔn. \v 3 Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatade ano. \v 4 Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na tow gu ogya mu na hyew. Ogya no bɛterɛw afi hɔ akɔ Israelfi nyinaa. \p \v 5 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Eyi ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia. \v 6 Nanso nʼamumɔyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛe asen aman ne nsase a atwa ne ho ahyia no. Wapo me mmara na wanni mʼahyɛde so. \p \v 7 “Enti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Woayɛ asoɔden asen amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛde anaa me mmara so no. Woanyɛ sɛnea aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo. \p \v 8 “Enti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Me ne woanya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim. \v 9 Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwade no nti, mɛyɛ wo nea menyɛɛ bi da na merenyɛ bi bio nso da. \v 10 Enti mo mu no, agyanom bedi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkae akɔ mmaa nyinaa. \v 11 Enti sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose, esiane sɛ wode nsɛsode tantan ne akyiwade nneyɛe agu me kronkronbea ho fi nti, mʼankasa meyi mʼadom afi wo so; merenhu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. \v 12 Wo nkurɔfo no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bewuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɔkɔm bekunkum wɔn; nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ wʼafasu akyi na mabɔ nkyɛmu abiɛsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa na matwe afoa ataa wɔn. \p \v 13 “Afei me bo bedwo na mʼabufuwhyew a etia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuwhyew adi kyerɛ wɔn a, wobehu sɛ ɛyɛ me \nd Awurade\nd* na makasa wɔ me tumi mu. \p \v 14 “Mɛyɛ wo nnwiriwii ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no ani so. \v 15 Wobɛyɛ ahohora ne fɛwdi, kɔkɔbɔ ne aninyanne ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, bere a mede abufuw ne abufuwhyew ne animka a ano yɛ den retwe wʼaso. Me \nd Awurade\nd* na maka. \v 16 Sɛ metow me kɔm agyan a bɔre wɔ ano na ɛsɛe ade wɔ wo a, ɛbɛsɛe wo. Mede ɔkɔm a emu yɛ den bɛba wo so na masiw wʼaduan a wunya no ho kwan. \v 17 Mede ɔkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na onni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe afoa wɔ wo so. Me \nd Awurade\nd* na maka.” \c 6 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Israel Mmepɔw \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm tia wɔn, \v 3 na ka se, ‘Mo Israel mmepɔw, muntie Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm. Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, abon ne aku: Merebɛtwe mo so afoa na masɛe mo sorɔnsorɔmmea. \v 4 Wobebubu mo afɔremuka ahorow no na wɔasɛe nnuhuam adum; na mekunkum mo nkurɔfo wɔ mo ahoni anim. \v 5 Mede Israelfo afunu begu wɔn ahoni anim na mede mo nnompe apete mo afɔremuka ahorow ho. \v 6 Baabiara a mote no, nkurow no bɛda mpan na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, na ama mo afɔremuka ahorow no ada mpan na ayɛ amamfo, mo ahoni abubu na asɛe, mo nnuhuam adum abubu agu fam, na nea moayɛ nso ahwere mo. \v 7 Mo nkurɔfo bɛtotɔ wɔ mo mu, na mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*. \p \v 8 “ ‘Nanso megyaw mo mu bi, efisɛ ebinom beguan afoa ano wɔ bere a moahwete wɔ nsase ne amanaman so. \v 9 Na afei wɔn a woguan no bɛkae me wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, sɛnea madi awerɛhow wɔ wɔn aguamammɔ koma a wɔde twee wɔn ho fii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni no ho. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwini wɔ bɔne ne akyiwade a wɔayɛ no nti. \v 10 Wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so. \p \v 11 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteɛ mu se, “A!” esiane Israel fi amumɔyɛ ne akyiwade nyinaa nti, wobewuwu afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano. \v 12 Ɔyaredɔm bekum nea ɔwɔ akyirikyiri. Nea ɔbɛn no bɛtɔ afoa ano na nea obefi mu na waka no, ɔkɔm bekum no. Saa na mede mʼabufuwhyew no bɛyɛ wɔn. \v 13 Na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd*, bere a wɔn nkurɔfo a watotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, wɔ nkoko a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔw atifi nyinaa ne nnua a adennan ne odum frɔmfrɔm ase, mmeaemmeae a wɔde nnuhuam bɔ afɔre ma wɔn ahoni nyinaa no. \v 14 Afei mɛteɛ me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afi nweatam no akosi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd*.’ ” \c 7 \s1 Awiei No Aba \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 2 “Onipa ba, eyi ne asɛm a Otumfo \nd Awurade\nd* ka kyerɛ Israel asase no: \q1 “ ‘Awiei no! Awiei no adu \q2 asase no ntwea anan no so. \q1 \v 3 Awiei no adu wɔ wo so, \q2 na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so. \q1 Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn na \q2 matua wo ka wɔ wo nneyɛe bɔne nyinaa ho. \q1 \v 4 Merenhu wo mmɔbɔ \q2 na meremfa wo ho nkyɛ wo. \q1 Ampa ara metua wo ka wɔ wo suban \q2 ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho, \m na moahu sɛ mene \nd Awurade\nd*.’ \b \p \v 5 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da \q2 nam kwan so reba. \q1 \v 6 Awiei no aba! \q2 Awiei no aba! \q1 Ama ne ho so atia wo. \q2 Aba! \q1 \v 7 Ɔsɛe aba mo so, \q2 aba mo a mote asase no so no so. \q1 Bere no adu, da no abɛn; \q2 huboabɔ a ɛnyɛ mmepɔw so ahosɛpɛw. \q1 \v 8 Merebehwie mʼabufuwhyew agu wo so \q2 de awie mʼabufuw a etia wo no. \q1 Megyina wo nneyɛe so abu wo atɛn, \q2 na matua wo nneyɛe bɔne nyinaa so ka. \q1 \v 9 Merenhu wo mmɔbɔ, \q2 na meremfa wo ho nkyɛ wo. \q1 Metua wo ka wɔ wo suban \q2 ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho. \m Afei mubehu sɛ me, \nd Awurade\nd*, na mebobɔ mo. \q1 \v 10 “ ‘Da no ni; \q2 hwɛ, aba! \q1 Atemmuda no apue, \q2 abaa no afefɛw, \q2 ahantan ahaahan! \q1 \v 11 Kitikitiyɛ asɔre, abaa \q2 a wɔde twe amumɔyɛ aso. \q1 Ɛrenka nnipa no mu biara, \q2 dɔm no mu biara, \q2 ahonyade ne nea ɛsom bo biara renka. \q1 \v 12 Bere no aso, \q2 da no adu. \q1 Mma adetɔni ani nnye \q2 anaa ɔdetɔnfo werɛ nhow, \q2 efisɛ abufuwhyew wɔ nnipadɔm no nyinaa so. \q1 \v 13 Nea ɔtɔn no nsa renka asase \q2 a watɔn no bio \q2 wɔ bere a wɔn baanu te ase, \q1 efisɛ anisoadehu a ɛfa nnipadɔm \q2 no nyinaa ho no rensesa. \q1 Wɔn bɔne nti, wɔn mu baako koraa \q2 remfa ne ho nni. \b \q1 \v 14 “ ‘Wɔahyɛn akobɛn no, \q2 na wɔboaboa biribiara ano de, \q1 nanso obiara renkɔ ɔsa, \q2 efisɛ mʼabufuwhyew wɔ nnipakuw no nyinaa so. \q1 \v 15 Afoa wɔ mfikyiri \q2 na ɔyaredɔm ne ɔkɔm wɔ fie; \q1 wɔn a wɔwɔ ɔman no mu \q2 bɛtotɔ wɔ afoa ano. \q1 Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no, \q2 ɔyaredɔm ne ɔkɔm bekum wɔn. \q1 \v 16 Wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu \q2 na wɔaguan no bɛtena mmepɔw no so. \q1 Na wɔakurum te sɛ \q2 aku mu mmorɔnoma, \q2 wɔn mu biara bɔne nti. \q1 \v 17 Nsa nyinaa bedwudwo \q2 na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛw sɛ nsu. \q1 \v 18 Wobefurafura atweaatam \q2 na wɔabɔ huboa. \q1 Aniwu bɛkata wɔn anim \q2 na wɔayi wɔn tinwi. \b \q1 \v 19 “ ‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, \q2 na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ ade a ɛho ntew. \q1 Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ \q2 rentumi nnye wɔn \q2 \nd Awurade\nd* abufuwhyew da no. \q1 Ɛrenkum wɔn kɔm \q2 na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, \q2 efisɛ ayɛ wɔn hintidua de wɔn akɔ bɔne mu. \q1 \v 20 Na wɔde wɔn nnwinne afɛfɛ no hoahoa wɔn ho, \q2 na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade \q1 ne nsɛsode tantan. \q2 Enti mɛdan eyinom nneɛma a ho ntew no ama wɔn. \q1 \v 21 Mede ne nyinaa bɛma ananafo sɛ asade \q2 na mede ama asase so atirimɔdenfo sɛ akorɔnne, \q2 na wobegu ho fi. \q1 \v 22 Meyi mʼani afi wɔn so \q2 na wobegu beae a ɛsom me bo no ho fi. \q1 Akorɔmfo bewura hɔ \q2 na wɔagu ho fi. \b \q1 \v 23 “ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, \q2 efisɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, \q2 na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma. \q1 \v 24 Mɛma aman no mu otirimɔdenfo pa ara \q2 abɛfa wɔn afi; \q1 mɛma ɔhoɔdenfo ahomaso aba awiei, \q2 na wɔn kronkrommea ho begu fi. \q1 \v 25 Sɛ ehu ba a, \q2 wɔbɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan nanso ɛbɛbɔ wɔn. \q1 \v 26 Atoyerɛnkyɛm bedi atoyerɛnkyɛm akyi aba; \q2 huhuhuhu bedi huhuhuhu akyi. \q1 Wɔbɛpɛ sɛ wobenya anisoadehu afi odiyifo no hɔ, \q2 asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn, \q2 saa ara na wɔrennya afotu mfi mpanyimfo hɔ. \q1 \v 27 Ɔhene no betwa adwo, \q2 ɔheneba no befura abawpa, \q2 na asase no so nnipa nsa bɛpopo. \q1 Me ne wɔn bedi no sɛnea wɔn nneyɛe te \q2 na megyina wɔn tebea so abu wɔn atɛn. \m Afei wobehu sɛ me ne \nd Awurade\nd* no.’ ” \c 8 \s1 Asɔredan Mu Abosonsom \p \v 1 Afe a ɛto so asia mu, asram asia no da a ɛto so anum a na mete me fi, na Yuda mpanyimfo tete mʼanim no, Otumfo \nd Awurade\nd* nsa baa me so wɔ hɔ. \v 2 Mehwɛe, na mihuu abɔsu bi a ɛte sɛ onipa. Efi baabi a ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na efi hɔ rekɔ ne soro no na ne tebea hyerɛn sɛ dade a adɔ. \v 3 Ɔteɛɛ biribi te sɛ nsa de soo me tinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaw me de me kɔɔ wim na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehu mu kɔɔ Yerusalem kogyinaa mfimfini adiwo no atifi pon ano, faako a ohoni a ɛyɛ ninkutwe farebae no si. \v 4 Na hɔ, wɔ mʼanim na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ, te sɛ anisoadehu a minyaa no wɔ tataw no so no. \p \v 5 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛe, na mihuu saa ninkutwe farebae honi yi wɔ ɔpon a ɛwɔ afɔremuka no atifi fam no mu. \p \v 6 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wuhu nea wɔreyɛ yi, akyiwade a ɛmfra, a Israelfi reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afi me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wubehu nneɛma a ɛsen akyiwade yi koraa.” \p \v 7 Afei ɔde me baa adiwo hɔ pon no ano. Mehwɛe, na mihuu tokuru wɔ ɔfasu no mu. \v 8 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tu ɔfasu no mu tokuru.” Enti mituu ɔfasu no mu tokuru, na mihuu ɔpon ano kwan bi wɔ hɔ. \p \v 9 Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimɔdensɛm ne akyiwade a wɔreyɛ wɔ ha.” \v 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu afasu a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahorow nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwade ne Israelfi ahoni ahorow nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. \v 11 Wɔn anim na na Israelfo mpanyimfo aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrantraa a aduhuam wusiw huamhuam fi so rekɔ soro. \v 12 Obisaa me se, “Onipa ba woahu nea Israelfo mpanyimfo no mu biara reyɛ wɔ nʼankasa honi abosonnan mu wɔ sum mu ana? Wɔka se, ‘\nd Awurade\nd* nhu yɛn; \nd Awurade\nd* agyaw asase no!’ ” \v 13 Ɔkaa bio se, “Wubehu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwade a mpo ɛsen eyi.” \p \v 14 Afei ɔde me baa \nd Awurade\nd* fi no atifi pon no kwan ano, na mihuu mmea a wɔtete hɔ resu Tamus. \v 15 Obisaa me se, “Onipa ba wuhu eyi? Wubehu nneɛma a ɛyɛ akyiwade a ɛsen eyi.” \p \v 16 Afei ɔde me baa \nd Awurade\nd* fi adiwo a ɛwɔ mfimfini no, na hɔ, hyiadan no ano kwan, wɔ abrannaa ne afɔremuka no ntam, na hɔ na mmarima bɛyɛ aduonu anum wɔ. Wɔn akyi kyerɛ \nd Awurade\nd* asɔredan na wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔrekotow som owia a ɛwɔ apuei fam. \p \v 17 Obisaa me se, “Woahu eyi, onipa ba? Akyiwade a Yudafi reyɛ wɔ ha yi yɛ adewa ana? So ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuw ana? Hwɛ wɔabu me animtiaa agu mʼanim ase! \v 18 Ɛno nti, me ne wɔn bedi no abufuw so. Merenhu wɔn mmɔbɔ na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwɔ mu sɛ, wɔteɛ mu tuatua mʼaso de, nanso merentie wɔn.” \c 9 \s1 Wokunkum Ahonisomfo \p \v 1 Afei metee sɛ ɔde nne kɛse teɛ mu se, “Momfa kuropɔn no awɛmfo no mmra ha, a obiara kura akode.” \v 2 Mihuu sɛ mmarima baasia fi atifi pon a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura awudi akode. Na ɔbarima bi a ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba begyinaa kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho. \p \v 3 Na Israel Nyankopɔn anuonyam maa ne ho so fi kerubim no so, faako a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no kwan ano. Afei \nd Awurade\nd* frɛɛ ɔbarima a na ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu no \v 4 ka kyerɛɛ no se, “Nantew fa Yerusalem nkuropɔn nyinaa mu na fa agyiraehyɛde keka wɔn a wosu na wodi awerɛhow wɔ akyiwadeyɛ a ɛkɔ so nyinaa ho no moma so.” \p \v 5 Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no se, “Munni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na munkunkum, a monnkyerɛ ahummɔbɔ anaa ɔtema biara. \v 6 Munkunkum nkwakoraa, mmerante ne mmeawa, mmea ne mmofra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ agyiraehyɛde no. Mumfi ase wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanyimfo a wɔwɔ asɔredan no anim no fii ase. \p \v 7 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adiwo hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔe, na wofii ase kunkum nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa. \v 8 Bere a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mibutuw hɔ sui se, “Aa, Otumfo \nd Awurade\nd*! Worebɛsɛe Israel nkae yi nyinaa esiane wʼabufuwhyew a aba Yerusalem so yi nti ana?” \p \v 9 Na obuaa me se, “Israelfi ne Yuda amumɔyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyew ahyɛ asase no so ma. Wɔka se, ‘\nd Awurade\nd* agyaw asase no; \nd Awurade\nd* nhu.’ \v 10 Ɛno nti, merenhu wɔn mmɔbɔ na meremma wɔmmfa wɔn ho nni, na mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ankasa ti so.” \p \v 11 Afei ɔbarima a ofura nwera na nkyerɛwe ade bɔ ne nkyɛn mu no de nkra bae se, “Mayɛ sɛnea wohyɛe no.” \c 10 \s1 Anuonyam Fi Asɔredan No So \p \v 1 Mehwɛe, na mihuu biribi te sɛ bibiri ahengua a ɛsensɛn ntrɛwmu a ɛwɔ kerubim apampam no so. \v 2 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Kɔhyɛ nkyimii a ɛwɔ kerubim ase no mu. Fi kerubim no mu fa nnyansramma hyɛ wo nsa ma na tow pete kuropɔn no so.” Migu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu. \p \v 3 Afei na kerubim no gyinagyina asɔredan no anafo fam bere a ɔbarima no kɔhyɛn mu no, na omununkum kɔhyɛɛ fam adiwo hɔ mu ma. \v 4 Na \nd Awurade\nd* anuonyam maa ne ho so fii kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no abobow ano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma, na \nd Awurade\nd* anuonyam hyerɛn yɛɛ adiwo hɔ ma. \v 5 Bere a ɔrekasa no na wɔte kerubim ntaban no nnyigyei no wɔ mfikyiri fam adiwo hɔ te sɛ Otumfo Nyankopɔn nne. \p \v 6 Bere a \nd Awurade\nd* hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Yi nnyansramma fi nkyimii no mu, fi kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kogyinaa nkyimii no baako ho. \v 7 Afei kerubim no mu baako teɛɛ ne nsa hyɛɛ nnyansramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ofura nwera no nsam, na ɔno nso gye de fii adi. \v 8 (Na wohu biribi te sɛ onipa nsa wɔ kerubim no ntaban ase.) \p \v 9 Mehwɛe, na mihuu nkyimii anan a baako biara gyina kerubim nkyɛn, na nkyimii no pa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo. \v 10 Sɛnea ɛte no de, na nkyimii no nyinaa sesɛ; biara wɔ nkyimii foforo hyɛ mu. \v 11 Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ nea kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ no; nkyimii no nnan wɔn ho bere a kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee wɔ nea eti no anim kyerɛ a ɔnnan ne ho. \v 12 Aniwa tuatua wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban ho nyinaa. Saa ara na nkyimii anan no nso te. \v 13 Metee sɛ wɔrefrɛ nkyimii no se, “mfɛtɛ nkyimii.” \v 14 Kerubim no mu biara wɔ anim anan. Anim baako te sɛ kerub, nea ɛto so abien te sɛ onipa anim, nea ɛto so abiɛsa te sɛ gyata anim, nea ɛto so anan te sɛ ɔkɔre anim. \p \v 15 Afei kerubim no maa wɔn ho so. Eyinom na na wɔyɛ ateasefo a na mahu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no. \v 16 Sɛ kerubim no keka wɔn ho a, nkyimii a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu ma wɔn ho so kɔ wim a, nkyimii no ka wɔn ho ara. \v 17 Sɛ kerubim no gyinagyina dinn a, nkyimii no nso gyinagyina dinn, na sɛ kerubim no ma wɔn ho so a wɔne wɔn ma wɔn ho so, efisɛ honhom wɔ ateasefo no mu. \p \v 18 Afei \nd Awurade\nd* anuonyam no fii asɔredan no abobow ano na ekogyinaa kerubim no atifi. \v 19 Merehwɛ no, kerubim no trɛtrɛw wɔn ntaban mu maa wɔn ho so fii fam na nkyimii no ne wɔn kɔe. Wokogyinaa \nd Awurade\nd* fi pon a ɛwɔ apuei fam no ano, na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ wɔn atifi. \p \v 20 Eyinom ne ateasefo a na mahu wɔn wɔ Israel Nyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mihuu sɛ wɔyɛ kerubim. \v 21 Wɔn mu biara wɔ anim anan ne ntaban anan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase. \v 22 Wɔn nyinaa anim te sɛ nea na mahu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee. \c 11 \s1 Israel Ntuanofo Atemmu \p \v 1 Afei honhom no maa me so de me baa \nd Awurade\nd* fi pon a ani kyerɛ apuei fam no ano. Na mmarima aduonu anum wɔ hɔ, na mihuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofo. \v 2 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, eyinom ne mmarima a wɔbɔ pɔw bɔne na wotu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu. \v 3 Wɔkae se, ‘Bere a wɔde sisi afi no nnuu so ana? Kuropɔn yɛ dadesɛn, na yɛyɛ nam.’ \v 4 Ɛno nti hyɛ nkɔm tia wɔn, hyɛ nkɔm, onipa ba.” \p \v 5 Afei, \nd Awurade\nd* Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me se menka se, “Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: Saa na moreka, mo Israel akannifo, nanso minim nsusuwii a ɛwɔ mo adwene mu. \v 6 Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyehyɛ ne mmɔnten so amaama. \p \v 7 “Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Afunu a moatotow apete hɔ no yɛ nam na kuropɔn yi ne dadesɛn no, nanso mɛpam mo afi mu. \v 8 Musuro afoa, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. \v 9 Mɛpam mo afi kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafo nsa, na matwe mo aso. \v 10 Mobɛtotɔ wɔ afoa ano, na mebu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \v 11 Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛnea dadesɛn bɔ nam a ɛwɔ mu no ho ban no; Mebu mo atɛn wɔ Israel asase so. \v 12 Na mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no, efisɛ moanni mʼahyɛde so, moapo me mmara na nea aman a atwa mo ho ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.” \p \v 13 Afei bere a migu so rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wui. Na mede mʼanim butuw fam suu dennen se, “Aa, Otumfo \nd Awurade\nd*, wobɛtɔre Israel nkae yi ase koraa ana?” \p \v 14 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn sɛ, \v 15 “Onipa ba, wo nuabarimanom, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israelfi nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho se, ‘Wɔne \nd Awurade\nd* ntam kwan ware, na wɔde saa asase yi maa yɛn sɛ yɛn agyapade.’ ” \s1 Nyankopɔn Hyɛ Israel Nnommum No Bɔ \p \v 16 “Ɛno nti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so de, nanso bere tiaa bi mu no meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ so no so.’ \p \v 17 “Enti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mɛboaboa mo ano afi amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu so no asan aba, na mede Israel asase bɛsan ama mo.’ \p \v 18 “Wɔbɛsan aba so na wɔayiyi nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no nyinaa. \v 19 Mɛma wɔn koma koro na mede honhom foforo ahyɛ wɔn mu; meyi wɔn komaden no na mama wɔn koma a ɛyɛ mmerɛw. \v 20 Afei wobedi mʼahyɛde so na wɔahwɛ akora me mmara yiye. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. \v 21 Nanso wɔn a wɔde wɔn koma ama nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no de, mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ti so, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se.” \p \v 22 Afei kerubim no ne wɔn nkyimii trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na Israel Nyankopɔn anuonyam konkɔn wɔn so. \v 23 \nd Awurade\nd* anuonyam maa ne ho so fii kuropɔn no mu kogyinaa bepɔw a ɛwɔ apuei fam no atifi. \v 24 Honhom no maa me so de me baa nnommum a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu. \p Afei anisoade a mihuu no fii me so kɔɔ ɔsoro. \v 25 Na mekaa biribiara a \nd Awurade\nd* yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ nnommum no. \c 12 \s1 Asutwa Ho Nsɛnkyerɛnne \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 2 “Onipa ba, wote nnipa a wɔtew atua mu. Wɔwɔ ani nanso wonhu ade, wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, efisɛ wɔyɛ nnipa atuatewfo. \p \v 3 “Enti onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyee mu a wɔrewɛn no, fi nea wowɔ, na kɔ beae foforo. Ebia wɔbɛte ase, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo. \v 4 Adekyee mu a wɔrewɛn no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummere a wɔrewɛn no, fi adi sɛnea wɔn a wotwa wɔn asu yɛ no. \v 5 Bere a wɔrewɛn no, tu ɔfasu no mu tokuru na yi wo nneɛma no fa mu. \v 6 Fa to wo mmati so, bere a wɔrewɛn, na afei anim biribiri a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛnea wunhu asase no, efisɛ mede wo ayɛ nsɛnkyerɛnne ama Israelfi.” \p \v 7 Enti meyɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ me no. Adekyee mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no puei. Anwummere no, mede me nsa tuu tokuru wɔ ɔfasu no mu, na anim biribirii no, miyii me nneɛma no soaa wɔ me mmati so a wɔrehwɛ. \p \v 8 Adekyee no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 9 “Onipa ba, saa Israelfi atuatewfo no ammisa wo se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’ \p \v 10 “Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israelfi a wɔwɔ hɔ nyinaa ho. \v 11 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnne ma mo.’ \p “Sɛnea mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wobetwa wɔn asu akɔ nnommum mu. \p \v 12 “Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne mmati so bere a anim rebiribiri na wafi hɔ, na wobetu tokuru wɔ ɔfasu no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛnea ɔrenhu faako a ɔrekɔ. \v 13 Mɛtrɛw mʼasau mu agu ne so na makyere no wɔ mʼafiri mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafo asase so, nanso ɔrenhu na hɔ na obewu. \v 14 Mɛhwete wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfo ne nʼasraafo nyinaa, na mede afoa ataa wɔn. \p \v 15 “Bere a mahwete wɔn akɔ amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wobehu sɛ me ne \nd Awurade\nd* no. \v 16 Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn ti adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne afoa ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwade ahorow no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wobehu sɛ me ne \nd Awurade\nd* no.” \p \v 17 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 18 “Onipa ba, sɛ woredidi a ma wo ho nwosow, na fa hu nom wo nsu. \v 19 Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so no se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so no ho: Wɔde ahopere bedidi na wɔde abasamtu anom nsu, efisɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, esiane wɔn a wɔtete so no akakabensɛm nti. \v 20 Wɔbɛsɛe nkurow a nnipa tete so no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ ” \p \v 21 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 22 “Onipa ba, bɛ a mowɔ wɔ Israel a ese, ‘Nna no twa mu nanso Israel anisoadehu biara mma mu,’ yi ase ne dɛn? \v 23 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Merebɛma bɛ yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nna a anisoadehu biara bɛba mu no abɛn. \v 24 Na atoro anisoadehu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfo mu no to betwa. \v 25 Nanso me \nd Awurade\nd*, mɛka nea ɛsɛ sɛ meka na ɛrenkyɛ na ɛbɛba mu. Na mo atuatewfo, mo bere so na mɛma nea maka biara no aba mu. Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se.’ ” \p \v 26 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 27 “Onipa ba, Israelfi reka se, ‘Anisoade a ohu no bɛba mu mfe bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.’ \p \v 28 “Ɛno nti ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Merentwe me nsɛm nkɔ kyi bio, nea meka biara bɛba mu, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose.’ ” \c 13 \s1 Atoro Adiyifo Atemmu \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifo a wɔhyɛ nkɔm mprempren no. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no se: ‘Muntie \nd Awurade\nd* asɛm! \v 3 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Nnome nka adiyifo nkwaseafo a wodi wɔn ankasa honhom akyi na wonhuu hwee no. \v 4 Ao Israelfo, mo adiyifo yi te sɛ nnwiriwii mu sakraman. \v 5 Monkɔɔ sɛ morekosiesie afasu no afaafa a abubu no ama Israelfi, sɛnea ebetumi agyina pintinn wɔ ɔko no ano wɔ \nd Awurade\nd* da no.’ \v 6 Wɔn adehu yɛ atoro, na wɔn adebisa yɛ nnaadaa. Wɔka se, ‘\nd Awurade\nd* aka se,’ wɔ bere a \nd Awurade\nd* nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim sɛ wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu. \v 7 Sɛ moka se, ‘Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se,’ wɔ bere a menkasae a, na mo anisoadehu nyɛ atoro? Na mo adebisa nso, ɛnyɛ nnaadaa ana? \p \v 8 “Ɛno nti, sɛnea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atoro ne mo nnaadaa anisoadehu nti, me ne mo anya’, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 9 Me nsa betia adiyifo a wɔn anisoadehu yɛ atoro na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfo bagua mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din wɔ Israelfi nhoma no mu na wɔn anan rensi Israel asase so. Na afei mubehu sɛ mene Otumfo \nd Awurade\nd*. \p \v 10 “Esiane sɛ wɔama me nkurɔfo ayera kwan, na wɔka se ‘Asomdwoe,’ wɔ bere a asomdwoe nni hɔ, na afei sɛ wɔto ɔfasu a enni ahoɔden bi a na wɔde akaadoo afa so, \v 11 ɛno nti ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no se, ɔfasu no rebebu. Osu a ɔhweam wɔ mu bɛtɔ, na mɛsoma mparuwbo, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ. \v 12 Na sɛ ɔfasu no bu gu fam a, nnipa remmisa wo se, ‘he na akaadoo a wɔde sraa ho no afa,’ ana? \p \v 13 “Ɛno nti, nea Otumfo \nd Awurade\nd* ka ni: ‘Mʼabufuwhyew mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuw mu no, mparuwbo ne osuhweam de adesɛe ahoɔden atɔ. \v 14 Medwiriw ɔfasu a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasu no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*. \v 15 Enti mede mʼabufuwhyew bɛkɔ ɔfasu no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo se, “Ɔfasu no nni hɔ bio na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nso nni hɔ, \v 16 saa Israel adiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wohuu asomdwoe anisoade wɔ bere a asomdwoe nni hɔ no,” Otumfo \nd Awurade\nd* na ose.’ \p \v 17 “Afei onipa ba, ma wʼani nkɔ wo nkurɔfo a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no mmabea so. Hyɛ nkɔm tia wɔn \v 18 na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Nnome nka mmea a wɔpempam ntafowayi bansrɛ hyehyɛ wɔn nsakɔn na wɔpempam nkataanim ntiaa ne atenten kata wɔn anim de sum nnipa mfiri. Mubesum me nkurɔfo nkwa mfiri na mo de, moakora mo de so ana? \v 19 Moasopa me wɔ me nkurɔfo mu de agye atoko nsa ma kakraa bi ne brodo asinasin. Monam atoro a mudi kyerɛ me nkurɔfo a wotie atoro so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wowuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi. \p \v 20 “ ‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mitia mo ntafowayi bansrɛ a mode sum nkurɔfo mfiri sɛ nnomaa no, na mɛtetew afi mo abasa so; megyaa nnipa a musum wɔn afiri sɛ nnomaa no. \v 21 Mɛtetew mo nkataanim no mu afi mo anim, na magye me nkurɔfo nkwa afi mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mubehu sɛ me ne \nd Awurade\nd*. \v 22 Esiane sɛ mode atoro maa atreneefo aba mu buu wɔ bere a menhyɛɛ wɔn awerɛhow, na mohyɛɛ amumɔyɛfo nkuran se wɔnkɔ so wɔ wɔn akwammɔne so na moagye wɔn nkwa no \v 23 nti, morenhu atoro anisoade bio na mubegyae ntafowayi nso. Megye me nkurɔfo afi mo nsam na afei mubehu sɛ me ne \nd Awurade\nd* no.’ ” \c 14 \s1 Wobu Wɔn A Wɔsom Ahoni No Fɔ \p \v 1 Israel mpanyimfo no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatenaa mʼanim. \v 2 Afei \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 3 “Onipa ba, saa mmarima yi de ahoni ahyɛ wɔn koma mu na wɔde amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ sɛ mema wobisa mʼase koraa ana? \v 4 Enti kasa kyerɛ wɔn na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Sɛ Israelni biara de ahoni hyehyɛ ne koma mu na ɔde amumɔyɛ hintidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn a, me \nd Awurade\nd*, mɛma no mmuae a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ. \v 5 Mɛyɛ eyi de atwe Israelfo a wɔagyaw me akodi wɔn abosom akyi no koma aba bio.’ \p \v 6 “Enti ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Monsakra mo adwene. Mumfi mo ahoni ho na munnyae mo nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no! \p \v 7 “ ‘Sɛ Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho fi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ ne koma mu de amumɔyɛ hintidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn kobisa mʼase a, me, \nd Awurade\nd* ankasa bebua no. \v 8 Metu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛso ne kasabebui. Meyi no afi me nkurɔfo mu. Afei mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ \p \v 9 “ ‘Na sɛ odiyifo no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me \nd Awurade\nd* na madaadaa odiyifo no, mɛteɛ me nsa wɔ ne so na matwa no afi me nkurɔfo Israelfo mu. \v 10 Wɔbɛsoa wɔn afɔdi; odiyifo no ne nea okohuu no no nyinaa bedi fɔ. \v 11 Na Israelfo renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \s1 Atemmu A Wɔrentumi Nguan \p \v 12 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 13 “Onipa ba, sɛ ɔman bi anni me nokware na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na meteɛ me nsa wɔ wɔn so na migyae wɔn aduanma, na mema ɔkɔm ba bekunkum mu nnipa ne wɔn mmoa a, \v 14 mpo sɛ saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob wɔ ɔman no mu a, wɔn trenee begye wɔn nko ara nkwa, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 15 “Anaa sɛ mema wuram mmoa kɔ saa asase no so na wokunkum so nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so, esiane wuram mmoa no nti a, \v 16 sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobegye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe. \p \v 17 “Sɛ nso metwe afoa wɔ asase no so, na meka se, ‘Ma afoa no nkɔ asase no so nyinaa,’ na mikunkum so nnipa ne wɔn mmoa, \v 18 sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, mpo sɛ saa mmarima baasa yi wɔ asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobenya nkwa. \p \v 19 “Sɛ nso mesoma ɔyaredɔm kɔ asase no so na menam mʼabufuwhyew so hwie mogya gu wɔ asase no so, kunkum so nnipa ne wɔn mmoa a, \v 20 sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, sɛ Noa, Daniel ne Hiob mpo wɔ hɔ a, wɔrentumi nnye ɔbabarima anaa ɔbabea nkwa. Wɔn trenee nti wobegye wɔn nkwa. \p \v 21 “Na sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Ɛbɛyɛ hu mmoroso sɛ mɛma mʼatemmu huhuhuhu anan, a ɛyɛ afoa, ɔkɔm, wuram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akokunkum ne mmarima ne wɔn mmoa! \v 22 Nanso ebinom bɛka, mmabarima ne mmabea a wobeyi wɔn afi mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn na sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a, mo bo bɛtɔ mo yam wɔ amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho, amanehunu a mede aba ne so biara. \v 23 Sɛ muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a mo bo bɛtɔ mo yam, efisɛ mubehu sɛ, menyɛɛ biribiara wɔ hɔ a enni farebae, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.” \c 15 \s1 Yerusalem, Bobe Duahunu \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, ɔkwan bɛn so na bobe dutan so bɛba mfaso asen kwae mu dua foforo biara mman? \v 3 Wotwa dua no bi de yɛ biribi a so wɔ mfaso? Wɔde yɛ pɛe a wɔde nneɛma sensɛn so ana? \v 4 Na sɛ wɔde ne nnyina hyɛ ogya mu na eti ne ti hyew ma mfimfini yɛ nso a, so ba mfaso bi ana? \v 5 Na sɛ so amma mfaso bere a ɛyɛ mua no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi de ayɛ ade bi a mfaso wɔ so, bere a ahyew atɔ nso no? \p \v 6 “Enti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Sɛnea mede bobe dua a ɛfra kwaennua ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɔkwan no ara so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no nso bɛfa. \v 7 Metu mʼani asi wɔn so. Ɛwɔ mu sɛ wɔafi ogya no mu de, nanso ɛbɛhyew wɔn bio. Na sɛ mitu mʼani si wɔn so a, wubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*. \v 8 Mɛma asase no ada mpan efisɛ wɔanni nokware, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.” \c 16 \s1 Ɔyere Guamanfo Yerusalem \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se \v 2 “Onipa ba, fa akyiwade a Yerusalem yɛ no si nʼanim \v 3 na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* ka kyerɛ Yerusalem: Wo nkyi ne wʼawo fi Kanaanfo asase so; na wʼagya yɛ Amorini na wo na nso yɛ Hetini. \v 4 Da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsu anguare wo sɛ wo ho bɛtew nso, wɔamfa nkyene ansra wo, na wɔamfa ntama ankyekyere wo ho. \v 5 Obiara anhu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ eyinom biara ama wo. Mmom wɔtow wo kyenee wuram, efisɛ da a wɔwoo wo no, wobuu wo animtiaa. \p \v 6 “ ‘Mibepuee wo so, na mihuu sɛ worewɔ wʼanan na woda mogya mu, na sɛnea na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo se, “Nya nkwa!” \v 7 Mehwɛɛ wo ma wunyinii sɛ afifide. Wunyinii, na woyɛɛ nsiforo kɔɔ afikyiri. Wo nufu bobɔe, na wo ho fuw nwi, nanso na woda adagyaw. \p \v 8 “ ‘Akyiri yi mibepuee wo so, na mehwɛɛ wo na mihuu sɛ woaso aware no, mede mʼatade fa bi kataa wʼadagyaw so. Misua kyerɛɛ wo na me ne wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose. \p \v 9 “ ‘Mede nsu guaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede srade ahorow srasraa wo. \v 10 Mede atade a wɔanwen ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa were mpaboa. Mede nwera papa furaa wo na mede ntade aboɔden guguu so. \v 11 Mede agude siesiee wo, mede nkapo guu wo nsa, mede kɔnmuade too wo kɔn mu, \v 12 na mede kaa hyɛɛ wo hwene mu, asokaa hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotiri a ɛyɛ fɛ. \v 13 Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo, wʼadurade yɛɛ nwera papa ne ntama a ne bo yɛ den ne nea wɔadi mu adwinni. Wʼaduan yɛɛ esiam papa, ɛwo ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmea. \v 14 Na wʼahoɔfɛ nti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, efisɛ anuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu, \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 15 “ ‘Nanso wʼahoɔfɛ nti wugyee wo ho dii na wode wo din a ahyeta no bɔɔ aguaman. Wugyaa wo ho maa obiara a ɔretwa mu na woyɛɛ wɔn adɔe. \v 16 Wode wo ntade no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn; hɔ na wokɔbɔɔ aguaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso. \v 17 Afei wode wo nnwinne fɛfɛ a mede maa wo no, nea mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛe no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ aguaman. \v 18 Wode wo ntade a wɔadi mu adwinni hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhuam brɛɛ wɔn. \v 19 Bio aduan a mede maa wo no, esiam papa, ɛwo ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔde a eyi hua. Saa na esii, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 20 “ ‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔre sɛ aduan maa ahoni. Wʼaguamammɔ no nnɔɔso ana? \v 21 Wukum me mma de wɔn bɔɔ afɔre maa ahoni no. \v 22 Akyiwade a woyɛɛ ne wʼaguamammɔ akyi no, woankae wo mmabun bere a na wo ho da hɔ na worewɔ wʼanan wɔ mogya mu no. \p \v 23 “ ‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose. Wʼamumɔyɛ nyinaa akyi no, \v 24 wusii bammɔ pie maa wo ho, na woyɛɛ abosonnan tenten wɔ aguabɔbea biara. \v 25 Borɔn so baabiara wusisii abosonnan atenten, na wosɛe wʼahoɔfɛ efisɛ honam akɔnnɔ bɔne nti wode wo ho maa obiara a ɔretwa mu. \v 26 Wo ne Misraimfo a honam akɔnnɔ ayɛ wɔn ma no bɔɔ aguaman, na wode honam akɔnnɔ bɔne hyɛɛ me abufuw. \v 27 Enti meteɛɛ me nsa wɔ wo so na metew wʼahye so. Mede wo maa wʼatamfo aniberefo, Filistifo mmabea a wʼahohwi bra no yɛɛ wɔn nwonwa no. \v 28 Wo ne Asiriafo nso bɔɔ aguaman, efisɛ biribiara mmee wo. Na ɛno akyi koraa woammee ara. \v 29 Afei wotoaa wo honam akɔnnɔ bɔne no so de Babilonia, a ɛyɛ aguadifo asase kaa ho, nanso eyi ammee wo ara. \p \v 30 “ ‘Wunni ahohyɛso koraa, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, sɛ wutumi yɛ saa nneɛma yi nyinaa te sɛ oguamanfo a nʼani nwu hwee. \v 31 Wusisii bammɔ pie wɔ mmorɔn so na wusisii abosonnan atenten wɔ aguabɔbea biara, na wonsɛ oguamanfo, efisɛ wopoo akatua. \p \v 32 “ ‘Wo, ɔyere waresɛefo, wopɛ ahɔho sen wo ara wo kunu! \v 33 Oguamanfo biara gye akatua, nanso wo de, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfo nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, womfi baabiara mmra wo nkyɛn. \v 34 Enti wʼaguamammɔ mu no wo nte sɛ afoforo; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔe. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, efisɛ wutua ka na obiara mma wo hwee. \p \v 35 “ ‘Enti, wo oguamanfo, tie \nd Awurade\nd* asɛm! \v 36 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se. Esiane sɛ wuhwie wʼahonya gui, na wodaa wʼadagyaw adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfo nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwade na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no nti, \v 37 merebɛboaboa wʼadɔfo a wode wɔn gyee wʼani nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a woampɛ wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano atia wo afi wo ho baabiara, na mɛpa wo ho wɔ wɔn anim, na wobehu wʼadagyaw nyinaa. \v 38 Mede asotwe a wɔde ma mmea aguamammɔfo ne mogyahwiegufo no bɛyɛ wʼatemmu. Mede me mogya aweretɔ a efi mʼabufuwhyew ne me ninkutwe abufuw mu bɛba wo so. \v 39 Afei mede wo bɛma wʼadɔfo na wobebubu bammɔ pie a woahɔre no, asɛe abosonnan atenten no. Wɔbɛpa wo ho ntama, wɔbɛfa wo nnwinne fɛfɛ no, na wɔagyaw wo hɔ adagyaw mu. \v 40 Wɔde nnipadɔm a wobesiw wo abo na wɔde wɔn afoa atwitwa wo mu nketenkete bɛba wo so. \v 41 Wɔbɛhyehyew wʼafi na wɔatwe wʼaso wɔ mmea bebree anim. Metwa wʼaguamammɔ no so na woagyae akatua a wode ma wʼadɔfo no. \v 42 Afei mʼabufuwhyew ano bedwo na me ninkutwe abufuw no befi wo so. Mɛyɛ bɔkɔɔ na me bo remfuw bio. \p \v 43 “ ‘Sɛ woankae wo mmabun nna, na wode eyinom nyinaa hyɛɛ me abufuw nti, ɔkwan biara so mɛma nea woayɛ no abɔ wo ti so, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose. Woanyɛ nneɛma fi anka akyiwade no ho ana? \p \v 44 “ ‘Obiara a obu bɛ no bebu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛnea ɛna te no saa ara na ne babea te.” \v 45 Woyɛ wo na a ɔsopaa ne kunu ne ne mma no babea kann, na woyɛ wo nuanom mmea a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma no nuabea ankasa. Wo na yɛ Hetini na wʼagya yɛ Amorini. \v 46 Na wo nuabea panyin ne Samaria a na ɔne ne mmabea te wʼatifi fam, na wo nuabea kumaa a ɔne ne mmabea te wʼanafo fam, yɛ Sodom. \v 47 Woannantew wɔn akwan mu, ansua wɔn akyiwadeyɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔwee sen wɔn. \v 48 Sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose, wo nuabea Sodom ne ne mmabea anyɛ nea wo ne wo mmabea ayɛ no da. \p \v 49 “ ‘Eyi ne bɔne a wo nuabea Sodom yɛe: Ɔno ne ne mmabea yɛɛ ahantan, wodidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafo ne mmɔborɔfo. \v 50 Wɔyɛɛ ahomaso ne akyiwade wɔ mʼanim. Ɛno nti miyii wɔn sii nkyɛn sɛnea woahu no. \v 51 Samaria anyɛ bɔne a woyɛɛ no mu fa. Woayɛ akyiwade a ɛboro nea wo nuabeanom no yɛe no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuabeanom no te, esiane saa nneɛma a woayɛ no nti. \v 52 Gye wʼanimguase, efisɛ woama wo nuabeanom adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sen wɔn de, enti ayɛ sɛ wɔteɛ sen wo. Ɛno de, afei gye wʼanimguase na wama ayɛ sɛ wo nuabeanom te. \p \v 53 “ ‘Nanso mede Sodom siade ne ne mmabea, Samaria siade ne ne mmabea bɛma wɔn, na mede wo siade bɛka ho, \v 54 sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye wʼanimguase na wʼani bewu wɔ nea woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho. \v 55 Na wo nuabeanom Sodom ne ne mmabea, Samaria ne ne mmabea bɛsan akɔ wɔn tebea dedaw mu, na wo ne wo mmabea nso bɛsan akɔ mo dedaw mu. \v 56 Woremmɔ wo nuabea Sodom din wɔ wʼahohoahoa da no mpo, \v 57 kosi sɛ wʼamumɔyɛ ho daa hɔ. Ebesi nnɛ Edom mmabea bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia ne Filistifo mmabea; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa. \v 58 Nea ebefi nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwade mu aba no bɛda wo so, \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 59 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Me ne wo bedi no sɛnea ɛfata, efisɛ woasɛe mʼapam de abu me ntam animtiaa. \v 60 Nanso mɛkae apam a me ne wo yɛɛ wo mmabun bere mu, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ. \v 61 Afei wobɛkae wʼakwan na wʼani awu bere a wo nsa aka wo nuabeanom; wɔn a wɔanyinyin sen wo ne nkumaa nyinaa. Mede wɔn bɛma wo sɛ wo mmabea, nanso ɛrennyina apam a me ne wo ayɛ no so. \v 62 Enti me ne wo bɛyɛ apam na wubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*. \v 63 Afei sɛ meyɛ mpata ma wo wɔ nea woayɛ nyinaa ho a, wobɛkae na wʼani bewu na woremmue wʼano bio wɔ brɛ a wɔabrɛ wo ase no nti, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \c 17 \s1 Akɔre Abien Ne Bobe Ho Asɛm \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 2 “Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abebusɛm na ka kyerɛ Israelfi. \v 3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Ɔkɔre kɛse bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atenten bebree a ɛwɔ ahosu ahorow baa Lebanon. Okosii sida dua nkɔn mu, \v 4 buu ne mman a ɛwɔ atifi pa ara na ɔde kɔɔ aguadifo asase bi so koduaa wɔ wɔn kuropɔn mu. \p \v 5 “ ‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔtebere mu. Oduaa no sɛ ɔfɔsɔw dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho, \v 6 na ɛfefɛw bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw wɔ fam. Ne mman no dannan kyerɛɛ ne so, nanso ne ntin no nyin kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a so wɔ nhaban a ɛyɛ fɛ. \p \v 7 “ ‘Nanso na ɔkɔre kɛse foforo bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no dannan ne ntin fii beae a woduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔre no na ɔtrɛw ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsu. \v 8 Wɔadua bobe wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛnea ebeyiyi mman na asow aba na afei abɛyɛ bobe dua a edi mu.’ \p \v 9 “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Ɛbɛyɛ yiye ana? Wɔrentu nʼase ntetew ne so aba mma entwintwam ana? Nea afefɛw wɔ ho nyinaa betwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na wɔatu nʼase. \v 10 Sɛ wotu bobe no tɛw a, ɛbɛyɛ yiye ana? Sɛ apuei mframa bɔ no a, ɛrentwintwam ana? Ebewu wɔ asase pa a woduaa wɔ so ma enyinii yiye no so.’ ” \p \v 11 Afei \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 12 “Ka kyerɛ saa atuatewfo yi se, ‘Munnim nea saa nneɛma yi kyerɛ ana?’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne hene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. \v 13 Oyii ɔdehye baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofo ne atitiriw a wɔwɔ asase no so nso kɔe, \v 14 sɛnea ɛbɛyɛ a ahenni no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban. \v 15 Nanso ɔhene no somaa ananmusifo kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ asraafo dɔm kɛse ne apɔnkɔ bebree nam so tew atua. Obedi nkonim ana? Nea ɔyɛ saa nneɛma yi benya ne ti adidi mu ana? Obebu apam no so na wanya ne ti nso adidi mu ana? \p \v 16 “ ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose, obewu wɔ Babilonia, ɔhene a ɔde no sii ahengua so no asase so, nea ɔtoo ne ntam na obuu nʼapam so no. \v 17 Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm so remma no mfaso biara wɔ ɔko mu, bere a Babilonia asisi pampim na wayɛ ntuano nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa no. \v 18 Obuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ eyinom nyinaa nti, ɔremfa ne ho nni. \p \v 19 “ ‘Enti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtoe, ne mʼapam a obuu so no abɔ ne ti so. \v 20 Mɛtrɛw mʼasau mu wɔ ne so na mʼafiri beyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, efisɛ wanni me nokware. \v 21 Nʼakofo a wɔreguan nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, na wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wubehu sɛ me \nd Awurade\nd* makasa. \p \v 22 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mʼankasa mɛpan mman afi sida dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afi ne nkɔn mu akodua wɔ bepɔw tenten bi so. \v 23 Medua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea, ebeyiyi mman na asow aba na ayɛ sida dua a edi mu. Nnomaa ahorow bɛyɛ wɔn mmerebuw wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwini mu. \v 24 Nwura mu nnua nyinaa behu sɛ me \nd Awurade\nd*, na mitwa dua tenten to fam na mema dua a ɛyɛ tiaa nyin yɛ tenten. Mema duamono twintwam na mema nea atwintwam nso yɛ frɔmfrɔm. \p “ ‘Me \nd Awurade\nd* na maka, na mɛyɛ.’ ” \c 18 \s1 Ɔkra A Ɔyɛ Bɔne No Bewu \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 2 “Sɛ mo saa nkurɔfo yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ dɛn: \q1 “ ‘Agyanom di bobe bun, \q2 na mma se afem ana?’ \p \v 3 “Nokware, sɛ mete ase yi, sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel. \v 4 Ɔkra teasefo biara yɛ me de, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa yɛ me de. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔne ne nea obewu. \q1 \v 5 “Sɛ ɛba sɛ onipa trenee bi wɔ hɔ a \q2 ɔyɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ; \q1 \v 6 onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu \q2 na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israelfi. \q1 Ongu ne yɔnko yere ho fi \q2 na ɔne ɔbea a wabu ne nsa nna. \q1 \v 7 Ɔnhyɛ obiara so, \q2 na ɔde boseagyefo awowaside san ma no. \q1 Ɔmmɔ korɔn \q2 mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no \q2 na ofura nea ɔda adagyaw no ntama. \q1 \v 8 Ɔmmɔ bosea nnye nsiho \q2 na onnye mfɛntom mmoroso. \q1 Ɔtwe ne ho fi bɔneyɛ ho \q2 na obu nipa baanu ntam atɛntrenee. \q1 \v 9 Odi mʼahyɛde so \q2 na odi me mmara so nokware. \q1 Saa onipa no na ɔteɛ; \q2 na ampa ara obenya nkwa \q2 \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 10 “Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a odi akakabensɛm na ohwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a \v 11 (ɛwɔ mu, agya no nyɛɛ eyinom mu biara ɛ): \q1 “Odidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu. \q1 Ogu ne yɔnko yere ho fi. \q1 \v 12 Ɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so. \q1 Ɔbɔ korɔn. \q1 Ɔmmfa boseagyefo awowaside mma no. \q1 Ɔde ne ho to abosom so. \q1 Ɔyɛ akyiwade. \q1 \v 13 Ɔbɔ bosea gye nsiho na ogye mfɛntom mmoroso. \m Saa onipa yi benya nkwa ana? Dabi da! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwade yi nyinaa nti, ampa ara wobekum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so. \p \v 14 “Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ohu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnyɛ saa nneɛma no bi: \q1 \v 15 “Onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu \q2 na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israelfi so. \q1 Ongu ne yɔnko yere ho fi. \q1 \v 16 Ɔnhyɛ obiara so \q2 na onnye boseagyefo hɔ awowaside. \q1 Ɔmmɔ korɔn, \q2 mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no \q2 na ofura nea ɔda adagyaw no ntama. \q1 \v 17 Ɔtwe ne ho fi bɔne ho, \q2 na onnye nsiho anaa mfɛntom mmoroso. \q1 Odi me mmara ne mʼahyɛde so. \m Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara obenya nkwa. \v 18 Nanso nʼagya no bewu wɔ ɔno ara bɔne nti, efisɛ osisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔn, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfo mu. \p \v 19 “Nanso mubisa se, ‘Adɛn nti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdi no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yiye adi mʼahyɛde nyinaa so no nti, ampa ara obenya nkwa. \v 20 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne nea obewu. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdi no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdi ho asotwe no bi. Wɔde ɔtreneeni adetreneeyɛ so aba bɛma no, na wobebu omumɔyɛfo amumɔyɛsɛm atia no. \p \v 21 “Na sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na odi mʼahyɛde so, na afei ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, ampa ara obenya nkwa na ɔrenwu. \v 22 Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne trenee nneyɛe nti obenya nkwa. \v 23 Mʼani gye amumɔyɛfo wu ho ana? Otumfo \nd Awurade\nd* bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho fi wɔn akwammɔne ho na wonya nkwa a, mʼani nnye ana? \p \v 24 “Na sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwade a amumɔyɛfo yɛ a, obenya nkwa ana? Wɔrenkae ne trenee nneyɛe no. Esiane sɛ odi nokwaredi ho fɔ na wayɛ bɔne nti, obewu. \p \v 25 “Nanso moka se, ‘\nd Awurade\nd* kwan nteɛ.’ Muntie! Mo, Israelfi. Me kwan nteɛ ana? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ? \v 26 Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu, bɔne a wayɛ nti obewu. \v 27 Nanso sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi amumɔyɛsɛm a wadi ho, na ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, obegye ne kra nkwa. \v 28 Esiane sɛ wahu ne mmarato na watwe ne ho afi ho no nti, obenya nkwa na ɔrenwu. \v 29 Nanso Israelfi ka se, ‘\nd Awurade\nd* kwan nteɛ.’ Mʼakwan nteɛ! Mo, Israelfi! Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ ana? \p \v 30 “Ɛno nti, mo Israelfo, mebu mo mu biara atɛn sɛnea nʼakwan te, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfi mo mmarato nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehwe mu bio. \v 31 Montow mfomso a moayɛ nyinaa ngu na moanya koma foforo ne honhom foforo. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwu, Israelfifo? \v 32 Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’ \c 19 \s1 Israel Mmapɔmma Ho Kwadwom \p \v 1 “Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom \v 2 na monka se: \q1 “ ‘Na wo na yɛ gyatabere mu sononko \q2 wɔ gyata mu! \q1 Ɔdaa gyataforo mu \q2 yɛn ne mma. \q1 \v 3 Ɔyɛn ne mma no mu baako \q2 ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfo. \q1 Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu, \q2 na ɔwee nnipa nam. \q1 \v 4 Amanaman no tee ne nka, \q2 na wɔn amoa yii no. \q1 Wɔkyekyeree no de no kɔɔ \q2 Misraim asase so. \b \q1 \v 5 “ ‘Bere a ohuu sɛ nʼanidaso anyɛ hɔ, \q2 na nea ɔrehwɛ anim ayera no, \q1 ɔfaa ne ba foforo \q2 yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfo. \q1 \v 6 Okyinkyin gyata no mu \q2 efisɛ na wayɛ gyata hoɔdenfo. \q1 Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu \q2 na ɔwee nnipa nam. \q1 \v 7 Obubuu wɔn abandennen \q2 na ɔsɛee wɔn nkurow. \q1 Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no, \q2 ne mmubomu bɔɔ wɔn hu. \q1 \v 8 Afei amanaman no sɔre tiaa no, \q2 wɔn a wofi nsase a atwa ahyia no so. \q1 Woguu no asau kyeree no \q2 wɔ wɔn amoa mu. \q1 \v 9 Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ buw mu \q2 na wɔde no brɛɛ Babilonia hene. \q1 Wɔde no too afiase, \q2 na wɔante ne mmubomu no bio \q2 wɔ Israel mmepɔw no so. \b \q1 \v 10 “ ‘Na wo na te sɛ bobedua \q2 a wɔatɛw no asu ho wɔ wo bobeturo mu. \q1 Na ɛsow aba, na eyiyii mman \q2 nsu a onya no bebree no nti. \q1 \v 11 Ne mman yɛɛ den yiye; \q2 edi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempema. \q1 Ɛkorɔn, bunkam faa nhaban a ayɛ kuhaa no so, \q2 ne sorokɔ ne ne mman bebree no \q2 maa no yɛɛ sononko. \q1 \v 12 Nanso wɔde abufuwhyew tuu nʼase \q2 de no hwee fam. \q1 Apuei mframa maa no kasae, \q2 ɛsow aba tetew gui; \q1 na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwamee \q2 na ogya hyewee. \q1 \v 13 Afei wɔakɔtɛw no wɔ sare so \q2 asase kesee a nsu nni mu mu. \q1 \v 14 Ogya trɛw fii ne mman baako so \q2 na ɛhyew nʼaba. \q1 Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so; \q2 nea wɔde yɛ ahemfo ahempema ma ɛyɛ yiye no.’ \m Eyi yɛ kwadwom na ma wɔnto no saa.” \c 20 \s1 Otuatewfo Israel \p \v 1 Afe a ɛto so ason no, ɔsram anum no da a ɛto so du no, Israel mpanyimfo no mu bi bebisaa \nd Awurade\nd* hɔ ade, na wɔtenatenaa mʼanim. \p \v 2 Na \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 3 “Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanyimfo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Moaba sɛ morebebisa me nkyɛn ade ana? Sɛ mete ase yi, meremma mo kwan ma mummisa me nkyɛn mmoa, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose.’ \p \v 4 “Bu wɔn atɛn. Bu wɔn atɛn, onipa ba. Fa wɔn agyanom akyiwade a wɔyɛɛ no si wɔn anim \v 5 na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Da a miyii Israel no, memaa me nsa so kaa ntam kyerɛɛ Yakobfi asefo, na miyii me ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ Misraim. Memaa me nsa so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn.” \v 6 Saa da no, mekaa wɔn ntam se meyi wɔn afi Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so, asase nyinaa mu nea ɛyɛ papa pa ara no. \v 7 Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara ntow nsɛsode tantan a mode mo ani asi so no nkyene na mommfa Misraim ahoni no ngu mo ho fi, mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn.” \p \v 8 “ ‘Nanso wɔyɛɛ dɔm tiaa me na wɔantie me; Wɔantotow nsɛsode tantan no a wɔde wɔn ani asi so no angu na wɔannyae ahoni a efi Misraim no akyidi. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so de awie mʼabufuw wɔ wɔn so wɔ Misraim. \v 9 Nanso me din nti meyɛɛ nea ɛremma wonngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a miyii me ho adi kyerɛɛ Israelfo wɔ mu, de yii wɔn fii Misraim no. \v 10 Enti midii wɔn anim fii Misraim, de wɔn baa sare no so. \v 11 Mede me nhyehyɛe maa wɔn na mema wohuu me mmara, efisɛ obiara a odi so no nam so benya nkwa. \v 12 Na mede me homenna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ yɛn ntam, sɛnea wobehu sɛ me \nd Awurade\nd* na meyɛɛ wɔn kronkron no. \p \v 13 “ ‘Nanso Israelfo tew mʼanim atua wɔ sare no so. Wɔanni me nhyehyɛe so, na wɔpoo me mmara no, nanso onipa a obedi so no benya nkwa wɔ wɔn mu, na woguu me homenna ho fi koraa. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so na masɛe wɔn wɔ sare no so. \v 14 Nanso me din nti, meyɛɛ nea ɛremma ho kwan ma wonngu me ho fi wɔ amanaman a miyii wɔn fii so no ani so. \v 15 Afei memaa me nsa so kaa ntam wɔ sare no so sɛ meremfa wɔn nnkɔ asase a mede ama wɔn no so, asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so, nsase nyinaa mu nea eye pa ara no, \v 16 efisɛ wɔpoo me mmara, wɔanni mʼahyɛde so na woguu me homenna ho fi, esiane sɛ na wɔn koma da wɔn ahoni no so nti. \v 17 Nanso mihuu wɔn mmɔbɔ, na mansɛe wɔn na mantɔre wɔn ase wɔ sare no so. \v 18 Meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ sare no so se, “Munnni mo agyanom ahyɛde ne wɔn mmara so, na mommfa wɔn ahoni ngu mo ho fi. \v 19 Mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn; munni mʼahyɛde so na monhwɛ yiye nni me mmara so. \v 20 Monyɛ me homenna kronkron na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ me ne mo ntam. Afei mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no.” \p \v 21 “ ‘Nanso mma no yɛɛ dɔm tiaa me. Wɔanni mʼahyɛde so, na wɔanhwɛ anni me mmara so; nea onipa di so a obenya nkwa no, woguu me homenna ho fi. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so de awie mʼabufuw a etia wɔn wɔ sare no so no. \v 22 Nanso metwentwɛn so, na me din nti, meyɛɛ nea ɛremma ho ngu fi wɔ aman a miyii wɔn fii so no ani so. \v 23 Memaa me nsa so kaa ntam wɔ sare no so se mɛhwete wɔn wɔ amanaman no so na mabɔ wɔn apansam wɔ nsase no so, \v 24 efisɛ wɔanni me mmara so, na mmom wɔpoo mʼahyɛde guu me homenna ho fi, na wɔn ani kodii wɔn agyanom ahoni akyi. \v 25 Enti memaa wɔn ahyɛde a enye ne mmara a ɛde asotwe mmom na ɛbɛba wɔn so, na ɛnyɛ nkwa; \v 26 memaa ho kwan ma wɔde wɔn ayɛyɛde a ɛyɛ wɔn abakan bɔɔ afɔre de guu wɔn ho fi, sɛnea mede ahodwiriw bɛhyɛ wɔn ma ama wɔahu sɛ mene \nd Awurade\nd*.’ \p \v 27 “Enti onipa ba, kasa kyerɛ Israelfo, ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni: Na eyi mu nso, mo agyanom poo me na wɔnam so kaa abususɛm tiaa me: \v 28 Mede wɔn baa asase a maka ntam sɛ mede bɛma wɔn no so no, wɔbɔɔ afɔre, yɛɛ afɔrebɔde maa koko biara a ɛkorɔn anaa dua biara a ɛso wɔ nhaban de hyɛɛ me abufuw; wɔde nnuhuam mae, na wohwiee ahwiesa maa wɔn. \v 29 Na mibisaa wɔn se: Ɛhe ne saa sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ yi?’ ” (Wɔfrɛ hɔ Bama de besi nnɛ.) \s1 Otuatewfo Israel Gye \p \v 30 “Enti ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mubegu mo ho fi sɛnea mo agyanom yɛe, na mo kɔn dɔ wɔn ahoni atantan no ana? \v 31 Sɛ mode mo ayɛyɛde a ɛyɛ mo mmabarima bɔ afɔre wɔ ogya so ma mo ahoni a, na mokɔ so de mo ahoni nyinaa gu mo ho fi besi nnɛ. Memma mommebisa me hɔ ade ana, Israelfi? Ampa ara sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, meremma mummmisa me hɔ ade. \p \v 32 “ ‘Moka se, “Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman no, te sɛ wiasefo a wɔsom nnua ne abo no.” Nanso nea ɛwɔ mo adwene mu no rensi da. \v 33 Sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, Mede nsa a ɛyɛ den, basa a wɔateɛ mu ne abufuwhyew a wɔahwie agu bedi mo so. \v 34 Mede mo befi amanaman no so, na maboaboa mo ano afi nsase a wɔapete mo wɔ so no so; mede nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne abufuwhyew a wɔahwie agu na ɛbɛyɛ. \v 35 Mede mo bɛba amanaman no sare so, na hɔ na mebu mo atɛn anim ne anim. \v 36 Sɛnea mibuu mo agyanom atɛn wɔ Misraim sare so no, saa ara na mebu mo atɛn, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 37 Mɛma moafa mʼabaa no ase na mahu mo yiye na mede mo aba apam no nkyehama ase. \v 38 Mɛsa mo mu ayi wɔn a wɔyɛ dɔm tia me. Ɛwɔ mu sɛ meyi wɔn afi aman a wɔte so no mu, nanso wɔn anan rensi Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \p \v 39 “ ‘Na mo de, Israelfi, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mo mu biara nkɔsom nʼahoni! Nanso akyiri no, mubetie me na moremfa mo ayɛyɛde ne ahoni ngu me din kronkron ho fi bio. \v 40 Efisɛ me bepɔw kronkron no so, Israel bepɔw a ɛkorɔn no so, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose, hɔ wɔ asase no so na Israelfi nyinaa bɛsom me, na hɔ na mobɛsɔ mʼani. Ɛhɔ na mehia mo afɔrebɔde ne mo ayɛyɛde a edi mu no, aka mo afɔre kronkron no nyinaa ho. \v 41 Sɛ miyi mo fi amanaman no mu na meboaboa mo ano fi nsase a wɔbɔɔ mo petee so no so a, mobɛsɔ mʼani sɛ kurobow a eyi hua, afei mɛda me kronkronyɛ adi wɔ mo mu ama amanaman no ahu. \v 42 Sɛ mede mo ba Israel asase a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so a, na mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*. \v 43 Ɛhɔ no, mobɛkae mo suban ne nneyɛe nyinaa a mode agu mo ho fi, na mo ho bɛyɛ mo nwini esiane amumɔyɛ a moayɛ no nyinaa nti. \v 44 Mubehu sɛ mene AWURADE no, bere a me ne mo di no sɛnea me din te na mmom ɛnyɛ sɛnea mo akwammɔne ne mo porɔwee nneyɛe no te, mo Israelfo, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \s1 Atemmu A Etia Anafo Fam \p \v 45 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 46 “Onipa ba fa wʼani kyerɛ anafo fam, ka asɛm tia anafo fam na hyɛ nkɔm tia kwae a ɛwɔ anafo fam asase so. \v 47 Ka kyerɛ anafo fam kwae no se: ‘Tie \nd Awurade\nd* asɛm. Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Merebɛto wo mu gya, na ɛbɛhyew nnua a ɛwɔ wo so nyinaa: Nea ɛyɛ amono ne nea awo. Wɔrennum ogyaframa no na ɛbɛhyew asase no ani nyinaa; efi anafo fam kosi atifi fam. \v 48 Obiara behu sɛ me \nd Awurade\nd* na masɔ ogya no ano; ɛrennum.’ ” \v 49 Afei mekae se, “Aa, Otumfo \nd Awurade\nd*! Wɔka fa me ho se, ‘Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebu yi ana?’ ” \c 21 \s1 Babilonia, Onyankopɔn Atemmu Afoa \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se \v 2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase \v 3 na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼafoa afi ne boha mu de ayi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu. \v 4 Esiane sɛ merebeyi atreneefo ne amumɔyɛfo afi mo mu nti, mʼafoa befi ne boha mu atia obiara, fi anafo fam kosi atifi fam. \v 5 Afei nnipa nyinaa behu sɛ me \nd Awurade\nd* matwe mʼafoa afi ne boha mu na ɛrensan bio.’ \p \v 6 “Enti si apini, onipa ba! Fa koma a abubu ne awerɛhow a ano yɛ den si apini wɔ wɔn anim. \v 7 Na sɛ wobisa wo se, ‘Adɛn nti na woresi apini a?’ Wobɛka se, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no nti. Koma biara bɛbotow na nsa biara mu agugow, honhom biara bɛtɔ beraw na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɔkwan biara so ɛbɛba, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.” \p \v 8 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 9 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se, ‘sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Afoa bi, afoa bi, \q2 wɔasew ano, atwiw ho, \q1 \v 10 wɔasew ano ama akunkumakunkum no, \q2 wɔatwiw ho ma etwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam! \p “ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛw yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempema ho ana? Afoa no mfa pema biara a ɛte saa no nyɛ hwee. \q1 \v 11 “ ‘Wɔayi afoa no asi hɔ sɛ wontwitwiw ho, \q2 sɛ wɔmfa nsa nkura mu; \q1 wɔasew ano, atwiw ho, \q2 ayɛ no krado ama owudifo no. \q1 \v 12 Su na twa adwo, onipa ba, \q2 efisɛ etia me nkurɔfo; \q2 etia Israel mmapɔmma nyinaa. \q1 Wɔagyaa wɔn ama afoa no \q2 aka me nkurɔfo ho. \q1 Enti fa wo nsa gu wo ti so. \p \v 13 “ ‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempema a afoa no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a dɛn na wɔbɛyɛ? Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ \q1 \v 14 “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm \q2 na bɔ wo nsam. \q1 Ma afoa no ntwitwa mprenu, \q2 mpo mprɛnsa. \q1 Ɛyɛ akunkumakunkum afoa, \q2 akunkumakunkum kɛse no afoa, \q2 a ɛba wɔn so fi afanan nyinaa. \q1 \v 15 Ɛbɛma koma nyinaa abotow \q2 na atɔfo adɔɔso, \q1 mede akunkumakunkum afoa no asisi \q2 wɔn apon nyinaa ano. \q1 Hwɛ! Wɔatono no sɛ entwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam, \q2 wɔaso mu ama akunkumakunkum. \q1 \v 16 Wo afoa, twa kɔ nifa, \q2 na twa kɔ benkum, \q2 nea wo dade bɛfa biara. \q1 \v 17 Me nso, mɛbɔ me nsam, \q2 na mʼabufuwhyew ano bedwo \q2 Me \nd Awurade\nd* na makasa no.” \p \v 18 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 19 “Onipa ba, bɔ akwan abien na Babiloniahene afoa no mfa so, na ne abien no nyinaa mfi ase wɔ ɔman koro mu. Fa akwankyerɛde si nkwanta a ɛman kɔ kuropɔn no mu no so. \v 20 Bɔ ɔkwan baako a afoa no bɛfa so ako atia Amonfo Raba ne baako nso a ebetia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no. \v 21 Na Babiloniahene begyina akwan abien no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ, ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ mmrɛbo mu. \v 22 Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na hɔ na wɔbɛhyehyɛ oburuw adwennini, de ama okum kɛse no. Afei wɔde osebɔ bɛma oburuw nnua no so apempem apon no, wɔbɛyɛ mpempe na wɔasisi pampim. \v 23 Ɛbɛyɛ sɛ atoro nkɔm ama wɔn a wɔne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdi na wafa wɔn nnommum. \p \v 24 “Enti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfo yi nam mo atuatew so akae me mo afɔdi, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi, sɛ moayɛ eyi nti, wɔbɛfa mo nnommum. \p \v 25 “ ‘Wo ɔkɔntɔnkye ne Israel hene ba otirimɔdenfo a wo da adu, wo a wʼasotwe bere adu ne mpɔmpɔnso, \v 26 sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Tu abotiri no, yi ahenkyɛw no. Ɛrenyɛ sɛnea na ɛte kan no: Wɔbɛma nea abrɛ ase no so; nea ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase. \v 27 Ɔsɛe! Ɔsɛe! Mɛyɛ no ɔsɛe! Ɛrensi ne dedaw mu bio kosi sɛ ɔbɛba nea ɛyɛ ne de no nkyɛn, ɔno na mede bɛma no.’ \p \v 28 “Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* ka fa Amonfo ne wɔn ahohorabɔ ho: \q1 “ ‘Afoa bi, afoa bi, \q2 wɔatwe ama akunkumakunkum, \q1 wɔatwiw ho sɛ enni nam \q2 na ɛmpa yerɛw yerɛw sɛ anyinam! \q1 \v 29 Atoro anisoadehu \q2 ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no \q1 wɔde bɛto wɔn kɔn mu \q2 amumɔyɛfo a ɛsɛ sɛ wokum wɔn no, \q2 wɔn a wɔn da no adu so, \q1 ne wɔn a wɔn asotwe bere \q2 adu ne mpɔmpɔnso no. \b \q1 \v 30 “ ‘San fa afoa no hyɛ ne boha mu \q2 wɔ faako a wɔbɔɔ wo hɔ \q1 wɔ wo nananom asase so, \q2 mebu wo atɛn. \q1 \v 31 Mehwie mʼabufuwhyew agu wo so \q2 na mahome mʼabufuw a ɛyɛ hu atia wo; \q1 Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimɔdenfo nsa, \q2 wɔn a wɔwɔ adesɛe ho nyansa. \q1 \v 32 Wobɛyɛ nnyansin ama ogya, \q2 wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so, \q1 na wɔrenkae wo bio; \q2 me \nd Awurade\nd* na makasa.’ ” \c 22 \s1 Yerusalem Nnebɔne \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \b \p \v 2 “Onipa ba, wubebu no atɛn ana? Wubebu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn ana? Ɛno de fa ne nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no nyinaa si nʼanim \v 3 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Wo kuropɔn a ɔnam mogyahwiegu so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi, \v 4 woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ nti. Woama wo nna abɛn, na wo mfe awiei no aba. Enti mɛyɛ wo ahohorade wɔ amanaman no mu, ne akyiwade wɔ amantam no nyinaa mu. \v 5 Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bedi wo ho fɛw, wo Kuropɔn a wunni anuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma. \p \v 6 “ ‘Hwɛ sɛnea Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya gu. \v 7 Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu, wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatan ayisaa ne akunafo ani. \v 8 Woabu mʼakronkronne animtiaa na woagu me homenna ho fi. \v 9 Wo mu na mmarima ntwatosofo a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu wɔ, wɔn a wodidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohorade. \v 10 Wo mu na wɔn a wogu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ; wɔn a wɔne mmea a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho ntew da no wɔ wo mu. \v 11 Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwade, ɔfoforo ne nʼasebea da wɔ animguase mu, na ɔfoforo ne ne nuabea da, ɔno ankasa nʼagya babea. \v 12 Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose. \p \v 13 “ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisi ahonya ne mogya a woahwie agu no so. \v 14 Wʼakokoduru betumi agyina anaasɛ wo nsa bɛyɛ den da a mene wo benya no ana? Me \nd Awurade\nd* na akasa, na mɛyɛ. \v 15 Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawie. \v 16 Sɛ wogu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ ” \p \v 17 Afei, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 18 “Onipa ba, Israelfi abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanyaa, dade ne sumpii a wɔagyaw wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛfi nko ara. \v 19 Ɛno nti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛfi nti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem. \v 20 Sɛnea nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanyaa ano hyɛ fononoo mu de ogyatannaa a ano yɛ den nan no, saa ara na mefi mʼabufuw ne mʼabufuwhyew mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manan mo. \v 21 Mɛboaboa mo ano na mahuw mʼabufuwhyew gya agu mo so, na moanan wɔ ne mu. \v 22 Sɛnea wɔnan dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnan wɔ ne mu na moahu sɛ me \nd Awurade\nd* na mahwie mʼabufuwhyew agu mo so.’ ” \p \v 23 Na \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn bio se: \v 24 “Onipa ba, ka kyerɛ asase no se, ‘Woyɛ asase a wonnwiraa anaa osu ntɔɔ wo so wɔ abufuwhyew da no.’ \v 25 Ne mmapɔmma abɔ pɔw bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔ mu na ɔtetew ne hanam mu, wɔwe nnipa nam, wɔfa ademude ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafo dɔɔso wɔ ne mu. \v 26 Nʼasɔfo bu me mmara so na wogu mʼakronkronne ho fi; wɔnnkyerɛ nsonoe a ɛda nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonoe biara nna nea ɛho ntew ne nea ɛho tew ntam, na wobu wɔn ani gu me homennadi so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu. \v 27 Nʼadwumayɛfo te sɛ mpataku a wɔretetew wɔn hanam mu; wohwie mogya gu na wokum nnipa de pɛ mfaso bɔne. \v 28 Nʼadiyifo nam atoro anisoadehu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se,’ wɔ bere a \nd Awurade\nd* nkasaa ɛ. \v 29 Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn. \p \v 30 “Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasu no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhu obiara. \v 31 Ɛno nti, mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so, na mede mʼabufuw a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama nea wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn ti so, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.” \c 23 \s1 Nuabeanom Aguamammɔfo Baanu \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, mmea baanu a wɔyɛ ɔbea baako mma tenaa ase. \v 3 Wɔbɛyɛɛ aguamammɔfo wɔ Misraim, na wɔbɔɔ aguaman fii wɔn mmabaabere mu. Womiamiaa wɔn nufu, wɔberee wɔn mmabaabere mpokua wɔ asase no so. \v 4 Ɔpanyin no din de Ohola na ne nuabea no nso din de Oholiba. Na wɔyɛ me yerenom na wɔwowoo mmabarima ne mmabea. Ohola ne Samaria na Oholiba nso ne Yerusalem. \p \v 5 “Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ aguaman; nʼani tu dii nʼapɛfo akyi, Asiriafo, akofo no \v 6 a wɔhyehyɛ ntade bibiri, amradofo ne asahene a wɔn nyinaa yɛ mmerante a wɔn ho yɛ fɛ na wɔtena apɔnkɔ so. \v 7 Ɔne Asiriafo atitiriw bɔɔ aguaman, na ɔsom wɔn a ɔdɔɔ wɔn nyinaa ahoni de guu ne ho fi. \v 8 Wannyae nʼaguamammɔ a ofii ase wɔ Misraim no, bere a ɔyɛ ababaa na mmarima ne no dae, susoo ne mpokua mu na wohwiee wɔn akɔnnɔ guu ne so no. \p \v 9 “Ɛno nti mede no maa nʼadɔfo Asiriafo no a nʼani bere wɔn no. \v 10 Wɔbɔɔ no adagyaw, faa ne mmabarima ne ne mmabea kɔe, na wɔde afoa kum no. Ogyee ne din wɔ mmea mu na asotwe baa ne so. \p \v 11 “Ne nuabea Oholiba huu eyi nanso nʼakɔnnɔ bɔne ne nʼaguaman sen ne nuabea no de. \v 12 Ɔno nso dii Asiriafo no akyi; amradofo ne asahene, akofo a wɔhyehyɛ wɔn ntade, apɔnkɔsotefo a wɔn nyinaa yɛ mmerante ahoɔfɛfo. \v 13 Mihuu sɛ ɔno nso guu ne ho fi, wɔn baanu faa ɔkwan koro so. \p \v 14 “Na ɔtoaa nʼaguamammɔ no so kɔɔ akyiri. Ohuu mmarima mfoni a wɔakurukyerɛw agu ɔfasu bi ho, Kaldeafo mfoni a wɔde adukɔkɔɔ akrukyerɛw \v 15 a abɔso bobɔ wɔn asen mu na abotiri bobɔ wɔn ti a wɔn nyinaa te sɛ Babilonia nteaseɛnam mu mpanyimfo a wofi Kaldea. \v 16 Ohuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea. \v 17 Na Babiloniafo no baa ne nkyɛn ne no bɛdaa ɔdɔ mpa so, na wɔn akɔnnɔ mu no, woguu ne ho fi. Woguu ne ho fi wiee no wɔn ho fonoo no enti ogyaa wɔn. \v 18 Ɔkɔɔ so wɔ nʼaguamammɔ mu, bɔɔ ne ho adagyaw no, migyaw no hɔ sɛnea migyaw ne nuabea no hɔ pɛpɛɛpɛ. \v 19 Na ɔmaa nʼaguamammɔ no kɔɔ so ara de kaee ne mmabaabere a na ɔbɔ aguaman wɔ Misraim no. \v 20 Ɛhɔ na ɔne nʼadɔfo a wɔn barima te sɛ mfurum de na wɔn ho nsu te sɛ apɔnkɔ de no bɔɔ aguaman. \v 21 Na wo kɔn dɔɔ wo mmabun mu akɔnnɔ bɔne no, nea woyɛɛ wɔ Misraim a wɔsrasraa wo koko mu na womiamiaa wo mpokua no. \p \v 22 “Ɛno nti, Oholiba, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mɛhwanyan wʼadɔfo atia wo, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn hɔ no; mede wɔn befi afanan nyinaa abetia wo. \v 23 Babiloniafo ne Kaldeafo nyinaa, Pekod, Soa ne Koa mmarima, Asiriafo no ne wɔn bɛba, mmerante ahoɔfɛfo a wɔn nyinaa yɛ amradofo, asahene, nteaseɛnam ho adwumayɛfo ne mmarima a wokura dibea akɛse a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so. \v 24 Wɔde akode, nteaseɛnam ahorow ne nnipadɔm bɛba abetia wo; wɔde akokyɛm akɛse ne nketewa ne dade kyɛw bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛe so atwe wo aso. \v 25 Mɛdan me ninkunu abufuw no akyerɛ wo so, na wɔne wo bedi no anibere so. Wobetwitwa mo hwene ne mo aso, na wɔn a wɔbɛka no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔbɛfa mo mmabarima ne mo mmabea akɔ, na mo a moaka no wɔde ogya ahyew mo. \v 26 Wɔbɛpa wo ho ntama nso na wɔafa wo nnwinne. \v 27 Ɛno nti mɛma wʼakɔnnɔ bɔne ne aguamammɔ a wufii ase wɔ Misraim no aba nʼawie. Wo kɔn rennɔ saa nneɛma yi, na worenkae Misraim bio. \p \v 28 “Na sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mede wo rebɛhyɛ wʼatamfo nsa, wɔn a wɔn ho fonoo wo ma wugyaw wɔn no. \v 29 Wɔde ɔtan ne wo bedi, na wɔafa nea woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wobegyaw wo adagyaw ne kwaterekwa, na wʼaguamammɔ ho aniwu no bɛda adi. Wʼaniwude ne wʼaguamansɛm no \v 30 na ɛde eyinom aba wo so, efisɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi. \v 31 Woayɛ nea wo nuabea yɛɛ no bi; na ɛno nti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa. \p \v 32 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “Wobɛnom wo nuabea kuruwa ano, \q2 kuruwa a ɛso na mu dɔ; \q1 ɛde fɛwdi ne ahohora bɛba, \q2 efisɛ nea ɛwɔ mu dɔɔso. \q1 \v 33 Nsabow ne awerɛhow bɛhyɛ wo ma, \q2 ɔsɛe ne asaworamto kuruwa no, \q2 wo nuabea Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma. \q1 \v 34 Wobɛnom a hwee renka mu: \q2 na woawe nʼasinasin no \q2 na woasunsuan wo mpokua mu. \m Me na maka, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \b \p \v 35 “Ɛno nti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Esiane sɛ wo werɛ afi me, na woatow me akyene wʼakyi nti, ɛsɛ sɛ wunya wʼaniwude ne wʼaguamammɔ so akatua.” \p \v 36 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wubebu Ohola ne Oholiba atɛn ana? Ɛno de, fa wɔn akyiwadeyɛ no si wɔn anim, \v 37 efisɛ wɔasɛe aware, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee aware no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wɔn aduan. \v 38 Wɔde eyi nso ayɛ me: Saa bere koro no ara mu, woguu me kronkronbea ne me homenna ho fi. \v 39 Da a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔre maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛn me kronkronbea hɔ koguu ho fi. Eyi na wɔyɛɛ wɔ me fi. \p \v 40 “Wɔsomaa abɔfo kɔfrɛɛ mmarima a wofi akyirikyiri bae, na wobedui no, muguare, kekaa mo ani akyi, de mo adwinne hyehyɛɛ mo ho maa wɔn. \v 41 Motenaa akongua papa bi a wɔde ɔpon a wɔasɛw so asi anim, ɛso na mode nnuhuam ne ngo a anka ɛyɛ me de no sisii. \p \v 42 “Na hooyɛ a efi nnipakuw bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafo fi sare no so ne mmarima a wofi dɔm no mu bae, na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbea no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ. \v 43 Na meka faa nea aguamammɔ ama watetew no ho se, ‘Momma wɔnnyɛ no sɛ oguamanfo, efisɛ saa ara pɛ na ɔte.’ \v 44 Na wɔne no dae. Sɛnea mmarima ne oguamanfo da no, saa ara na wɔne saa mmea a wɔn ho yɛ aniwu no, Ohola ne Oholiba dae. \v 45 Nanso atemmufo atreneefo de asotwe a wɔde ma mmea a wɔsɛe aware na wɔka mogya gu no bɛma wɔn, efisɛ wɔyɛ nguamanfo na wɔn nsa ho wɔ mogya. \p \v 46 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Fa nnipadɔm bra betia wɔn na ma ahunahuna ne ɔfom mmra wɔn so. \v 47 Nnipakuw no besiw wɔn abo na wɔde wɔn afoa bɛtow ahyɛ wɔn so. Wobekunkum wɔn mmabarima ne wɔn mmabea na wɔahyew wɔn afi. \p \v 48 “Ɛno nti mɛma aniwu nneyɛe aba awiei wɔ asase no so na abɔ mmaa nyinaa kɔkɔ na wɔansua mo. \v 49 Wubenya wʼaniwude so asotwe na woanya abosonsom ho bɔne so akatua. Afei wubehu sɛ mene Otumfo \nd Awurade\nd* no.” \c 24 \s1 Ɔsɛn No \p \v 1 Afe a ɛto so akron no sram a ɛto so du no nnafua du so no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, kyerɛw saa da yi, saa da yi ara, efisɛ Babiloniahene atua Yerusalem nnɛ da yi ara. \v 3 Ka kyerɛ saa atuatewfo yi, ka no wɔ mmebu mu kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Fa ɔsɛn no si gya so; fa si so \q2 na hwie nsu gu mu. \q1 \v 4 Fa namkum no gu mu, \q2 namkum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, anan ne abasa. \q1 Fa nnompe a ɛte apɔw hyɛ no ma; \q2 \v 5 fa nguankuw no mu nea odi mu. \q1 Fa nnyentia hyehyɛ ase ma nnompe no; \q2 ma enhuru \q2 na noa nnompe a ɛwɔ mu no. \b \m \v 6 “ ‘Na sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue, \q2 nnome nka ɔsɛn a agye nkannare mprempren, \q1 na nea ɛwɔ mu aka mu no! \q2 Yiyi namkum no mmaako mmaako fi mu \q2 a wompaw mu koraa. \b \q1 \v 7 “ ‘Mogya a ohwie guu no wɔ ne mfimfini: \q2 ohwie guu ɔbotan wosee so; \q1 wanhwie angu fam, \q2 baabi a mfutuma bɛkata so. \q1 \v 8 Sɛ ɛbɛhwanyan abufuwhyew ama aweretɔ nti \q2 mede ne mogya guu ɔbotan wosee so \q2 sɛnea ɛso renkata. \b \m \v 9 “ ‘Enti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue! \q2 Me nso mɛhyehyɛ nnyansin no ama akɔ sorosoro. \q1 \v 10 Enti hyehyɛ nnyansin no \q2 na sɔ gya no. \q1 Noa nam no yiye, \q2 fa ahuamhuanne fra mu; \q2 na ma nnompe no nhyew. \q1 \v 11 Afei fa ɔsɛnhunu no si nnyansramma no so \q2 kosi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ \q1 sɛnea mu fi no bɛnan \q2 na nea ɛwɔ mu no bɛhyew asɛe. \q1 \v 12 Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa; \q2 mu fi dodow no ankɔ, \q2 ogya mpo antumi anyi. \p \v 13 “ ‘Fi a ɛwɔ wo mu no ne aniwu nneyɛe. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho kwan, wo ho remfi bio kosi sɛ mʼabufuwhyew a etia wo no ano bedwo. \b \p \v 14 “ ‘Me \nd Awurade\nd* na maka. Bere aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔbɔ, na merengugow me ho. Wobegyina wo suban ne wo nneyɛe so abu wo atɛn, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \s1 Hesekiel Yere Wu \p \v 15 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 16 “Onipa ba, merebɛbɔ wo baako na mafa ade a wʼani gye ho yiye. Nanso ntwa adwo, nni awerɛhow na ntew nusu. \v 17 Si apini komm; nni owufo ho awerɛhow. Ma wʼabotiri mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na nni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow no di.” \p \v 18 Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa na nʼanwummere na me yere wui. Ade kyee no, meyɛɛ sɛnea wɔahyɛ me no. \p \v 19 Afei nnipa no bisaa me se, “Worenkyerɛ yɛn sɛnea nneyɛe yi si fa yɛn ho ana?” \p \v 20 Enti meka kyerɛɛ wɔn se, “\nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 21 Ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Merebegu me kronkronbea ho fi; mo bammɔ dennen a mode hoahoa mo ho, nea mo ani gye ho, ade a mo koma da so. Mmabarima ne mmabea a mugyaw wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ afoa ano. \v 22 Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow di. \v 23 Mobɛkɔ so abɔ mo abotiri ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow na morensu, mmom mo so bɛtew esiane mo bɔne nti, na mubesisi apini wɔ mo mu. \v 24 Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama mo, mobɛyɛ sɛnea wayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na eyi si a na mubehu sɛ mene Otumfo \nd Awurade\nd* no.’ \p \v 25 “Na wo, onipa ba, da a mɛfa wɔn aban dennen, wɔn ahosɛpɛw ne anuonyam, ade a wɔn ani gye ho, wɔn koma so ade, ne wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nso no, \v 26 saa da no okyinkyinfo bi na ɔbɛba abɛka nea asi akyerɛ wo. \v 27 Saa bere no, wʼano bebue, wo ne no bɛkasa na worenyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama wɔn, na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.” \c 25 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Amon \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfo so na hyɛ nkɔm tia wɔn. \v 3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm. Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Esiane sɛ wokaa “Ɛhɛɛ” guu me kronkronbea so bere a woguu ho fi ne Israel asase bere a ɛdaa mpan, ne Yudafo bere a wɔkɔɔ nnommum mu \v 4 nti, mede mo rebɛma nnipa a wofi Apuei fam na wɔde mo ayɛ wɔn de. Wɔbɛkyekye wɔn nsraban, asisi wɔn ntamadan wɔ mo mu; wobedi mo nnuaba na wɔanom mo nufusu. \v 5 Mɛdan Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ faako a nguan gye wɔn ahome. Afei mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \v 6 Na sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo anan apempem hɔ, na mode koma mu bɔne nyinaa adi ahurusi atia Israel asase nti, \v 7 mɛteɛ me nsa atia mo na moayɛ asade ama amanaman no. Metwa mo afi amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no so. Mɛsɛe mo na mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ ” \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Moab \p \v 8 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kae se, “Monhwɛ, Yudafi ayɛ sɛ amanaman a aka no” \v 9 nti, mebue Moab nkyɛn mu, afi nkurow a ɛdeda nʼahye so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no anuonyam. \v 10 Na mede Moab bɛka Amonfo ho ama nnipa a wɔwɔ Apuei fam de ayɛ wɔn de, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfo wɔ amanaman no mu; \v 11 na mɛtwe Moab aso. Na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ ” \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Edom \p \v 12 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Esiane sɛ Edom tɔɔ were wɔ Yudafi so na ɔnam so dii fɔ no nti, \v 13 nea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni: ‘Mɛteɛ me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa, mɛma asase a ɛda Teman kosi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano. \v 14 Me nkurɔfo Israelfo bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so were na wɔne no bedi no sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew te; wobehu mʼaweretɔ, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Filistia \p \v 15 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: ‘Esiane sɛ Filistifo tɔɔ were, na wɔde koma mu nsusuw bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtan a efi tete sɛee Yuda nti, \v 16 sɛnea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni: Merebɛteɛ me nsa atia Filistifo, na matwa Keretifo no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no. \v 17 Mɛtɔ wɔn so were a ɛso na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuwhyew mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ ” \c 26 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Tiro \p \v 1 Afe a ɛto so dubaako no sram da a edi kan no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, esiane sɛ Tiro aka afa Yerusalem ho se, ‘Ɛhɛɛ! Amanaman no ano pon abubu na nʼapon no abuebue ama me; mprempren a kuropɔn yi asɛe yi, menya nkɔso.’ \v 3 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Me ne wo anya, Tiro, mede aman bebree bɛba abetia wo te sɛ po a ɛrebɔ nʼasorɔkye. \v 4 Wɔbɛsɛe Tiro afasu na wɔadwiriw nʼabantenten no. Mɛpa so dɔte agu ama ayɛ ɔbotan kwaboo. \v 5 Obefi po mu abɛyɛ beae a wɔhata asau, efisɛ makasa. Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. Ɔbɛyɛ amanaman no asade, \v 6 na afoa bɛsɛe nʼatenae a ɛwɔ asase kesee so no pasaa. Afei wobehu sɛ, mene \nd Awurade\nd* no. \p \v 7 “Na sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ne nsraadɔm kɛse afi atifi fam aba wo so. \v 8 Ɔde afoa bɛsɛe wʼatenae a ɛwɔ asase kesee no so no pasaa; obesisi mpampim ayɛ mpempe wɔ wʼafasu ho na wama ne nkatabo so atia wo. \v 9 Ɔde oburuw nnua bɛpempem wʼafasu no, na ɔde akode abubu wʼabantenten no asɛe no. \v 10 Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yiye, na wɔbɛbɔ mfutuma akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimii ne nteaseɛnam nnyigyei bɛma wʼafasu awosow, bere a wɔahyɛn wo apon mu, sɛnea mmarima hyɛn kuropɔn a nʼafasu mu adeda akwan no. \v 11 Nʼapɔnkɔ no tɔte betiatia wo mmɔnten nyinaa so, ɔde afoa bekunkum wo nkurɔfo na wʼafadum dennen no bebubu agu fam. \v 12 Wɔbɛfom wʼahode na wɔawia wʼaguade, wobebubu wʼafasu, na wɔadwiriw wʼadan fɛfɛ no na wɔatotow wʼabo, wo nnua ne wo dɔte agu po mu. \v 13 Mɛma wo nnwonto gyegyeegye no aba awiei na wɔrente wo sanku so nnwonto no bio. \v 14 Mɛyɛ wo ɔbotan kwaboo na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrenkyekyere wo bio. \p \v 15 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkurow no te wʼasehwe ho apinisi ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo ana? \v 16 Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa befi wɔn nhengua so, ayiyi wɔn nguguso ne ntade a wɔadi mu adwinni agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiriw wɔn wɔ wo nti. \v 17 Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so se: \q1 “‘Hwɛ sɛnea wɔasɛe wo, kuropɔn a woagye din, \q2 wo a po sofo na ɛte wo mu, \q1 na anka wowɔ tumi wɔ po so! \q2 Wo ne wo manfo; \q1 wode hu hyɛɛ \q2 wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu. \q1 \v 18 Mprempren, mpoano nsase no ho popo \q2 wɔ wʼasehwe da no; \q1 asupɔw a ɛwɔ po mu no \q2 abɔ hu wɔ wʼasehwe no ho.’ \p \v 19 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema po bun ba wo so na sɛ ne mu nsu bebrebe no bɛkata wo so a, \v 20 mede wo ne wɔn a wɔkɔ amoa mu no besian akɔ teteetefo no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubui, wo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no, na worensan anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefo asase so. \v 21 Mede wo bɛba awiei a ɛyɛ hu mu na worenhu bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhu wo bio da, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.” \c 27 \s1 Tiro Ho Kwadwom \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. \v 3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo \nd Awurade\nd* ka: \q1 “ ‘Woka se, Tiro, \q2 “Me ho yɛ fɛ yiye.” \q1 \v 4 Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri; \q2 wʼadansifo maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ. \q1 \v 5 Wo nnua a wɔpaee nyinaa \q2 yɛ ɔpepaw a efi Senir. \q1 Wɔde Lebanon sida \q2 na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa wo. \q1 \v 6 Odum nnua a efi Basan \q2 na wɔde yɛɛ wʼatabon; \q1 Kwabɔhɔre nnua a efi Kipro mpoano \q2 na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛw so. \q1 \v 7 Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwini \q2 na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatam \q2 a ɛyɛɛ wo frankaa nso; \q1 wʼapon ne mfɛnsere ano ntama yɛ abibitam ne beredum ntama \q2 a efi Elisa mpoano. \q1 \v 8 Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn; \q2 wo mmarima anyansafo. Tiro, \q2 na wɔyɛ adwumayɛfo wɔ wʼahyɛn mu. \q1 \v 9 Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn mu \q2 sɛ dua dwumfo a wotuatua ahyɛn no mu ntokuru. \q1 Po so ahyɛn ne wɔn hyɛnmufo nyinaa \q2 baa wo nkyɛn ne wo bedii nsesagua. \b \q1 \v 10 “ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima \q2 somee sɛ asraafo wɔ wo nsraadɔm mu. \q1 Wɔde wɔn nkatabo ne dade kyɛw \q2 sensɛn wʼafasu ho, \q2 de hyɛɛ wo anuonyam. \q1 \v 11 Arwad ne Helek mmarima \q2 wɛn wʼafasu ho nyinaa \q1 Gammad mmarima \q2 tenaa wʼabantenten mu. \q1 Wɔde wɔn nkatabo sensɛn wʼafasu ho \q2 maa wʼahoɔfɛ dii mu. \p \v 12 “ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade. \p \v 13 “ ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade. \p \v 14 “ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade. \p \v 15 “ ‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka. \p \v 16 “ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade. \p \v 17 “ ‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade. \p \v 18 “ ‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti. \v 19 Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade. \p \v 20 “ ‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua. \p \v 21 “ ‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua. \p \v 22 “ ‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua. \p \v 23 “ ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua. \v 24 Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua. \q1 \v 25 “ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma \q2 sɛ asoafo ma wʼaguade. \q1 Adesoa duruduru ayɛ wo ma \q2 wɔ po no mfimfini. \q1 \v 26 Wʼaharefo no fa wo \q2 de wo kɔ po so akyirikyiri \q1 nanso apuei ahum bebubu wo mu nketenkete \q2 wɔ po no mfimfini. \q1 \v 27 Wʼahonya, aguade ne adetɔnnne \q2 wʼahyɛn akwankyerɛfo, wʼahyɛn mufo ne \q1 wɔn a wotuatua wʼahyɛn mu ntokuru, \q2 wʼaguadifo ne wʼasraafo nyinaa, \q1 ne obiara a ɔwɔ hyɛn no mu \q2 bɛmem akɔ po ase tɔnn, \q2 da a wo hyɛn no bɛbɔ. \q1 \v 28 Mpoano asase bɛwosow \q2 bere a wo hyɛn mufo no reteɛteɛ mu. \q1 \v 29 Wɔn a wokurakura atabon no nyinaa \q2 begyaw wɔn ahyɛn hɔ; \q1 hyɛn akwankyerɛfo ne hyɛn mufo nyinaa \q2 begyinagyina mpoano. \q1 \v 30 Wɔbɛma wɔn nne so \q2 asu osu yaayaw ama wo; \q1 wɔbɛpete mfutuma agu wɔn ti so \q2 na wɔayantayantam nsõ mu. \q1 \v 31 Wo nti wɔbɛbobɔ tikwaw \q2 na wɔafurafura atweaatam. \q1 Wɔde ɔkra mu ahoyeraw \q2 ne awerɛhow a mu yɛ den \q2 begyam wo. \q1 \v 32 Bere a wɔretwa adwo redi awerɛhow no \q2 wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so se: \q1 “Hena na wama no atɔ mum \q2 te sɛ Tiro a po atwa ne ho ahyia yi?” \q1 \v 33 Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so no \q2 woboaa aman bebree; \q1 Wʼahonyade ne wʼaguade \q2 maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho. \q1 \v 34 Afei po abubu wo mu nketenkete \q2 wɔ asu no bun mu \q1 wʼaguade ne wʼadwumayɛfo nyinaa \q2 ne wo amem kɔ asu ase. \q1 \v 35 Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa \q2 ho adwiriw wɔn wɔ wo ho; \q1 ehu ma wɔn ahemfo ho popo \q2 na wɔn anim sinsiam. \q1 \v 36 Aman no mu aguadifo bɔ ntwɔm gu wo so \q2 woaba awiei a ɛyɛ hu \q2 na wɔrenhu wo bio.’ ” \c 28 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Tirohene \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Wufi wʼahantan koma mu ka se, \q2 “Meyɛ onyame; \q1 mete onyame bi ahengua so \q2 wɔ po mfimfini.” \q1 Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame, \q2 ɛwɔ mu, wudwen sɛ wunim nyansa sɛ onyame bi. \q1 \v 3 Wunim nyansa sen Daniel ana? \q2 Wunim kokoamsɛm biara ana? \q1 \v 4 Wonam wo nyansa ne nhumu so \q2 anya ahode ama wo ho, \q1 woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree \q2 agu wʼadekoradan mu. \q1 \v 5 Wonam wʼaguadi mu nyansa so \q2 ama wʼahonya adɔɔso, \q1 na wʼahonya nti \q2 woahoran wɔ wo koma mu. \p \v 6 “ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Esiane sɛ wudwen sɛ wunim nyansa \q2 te sɛ Onyame nti, \q1 \v 7 mede ananafo reba abetia wo, \q2 amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara; \q1 wɔbɛtwetwe wɔn afoa \q2 wɔ wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so \q2 na wɔahwirew wʼanuonyam no. \q1 \v 8 Wɔde wo bɛto amoa no mu, \q2 na wubewu owu yaayaw \q2 wɔ ɛpo mfimfini. \q1 \v 9 Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,” \q2 wɔ wɔn a wokum wo no anim ana? \q1 Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame, \q2 wɔ wɔn a wokum wo no nsam. \q1 \v 10 Wubewu momonotofo wu \q2 wɔ ananafo nsam. \m Me na maka, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \b \p \v 11 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 12 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso, \q2 na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua. \q1 \v 13 Na anka wowɔ Eden \q2 Onyankopɔn turo no mu. \q1 Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo: \q2 bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbo \q2 sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo, \q2 hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo; \q1 wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde, \q2 wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo. \q1 \v 14 Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub, \q2 efisɛ saa na mehyɛɛ wo. \q1 Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so; \q2 wonantew ogya abo mu. \q1 \v 15 Na anka wʼakwan ho nni asɛm \q2 efi da a wɔbɔɔ wo no \q1 kosii sɛ wohuu amumɔyɛ wɔ wo mu. \q1 \v 16 Wʼaguadi a mu trɛw no nti \q2 wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma \q2 na woyɛɛ bɔne. \q1 Ɛno nti mepam wo fii \q2 Onyankopɔn bepɔw no so wɔ animguase mu, \q1 na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub, \q2 fii ogya abo no mu. \q1 \v 17 Wohyerɛn wɔ wo koma mu \q2 wʼahoɔfɛ nti \q1 na womaa wo nyansa porɔwee, \q2 wʼanuonyam no nti. \q1 Enti metow wo kyenee fam; \q2 na mede wo yɛɛ ahwɛde wɔ ahemfo anim. \q1 \v 18 Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi \q2 agu wo kronkrommea ho fi \q1 ɛno nti memaa ogya fii wo mu \q2 na ɛhyew wo, \q1 na memaa wo dan nsõ wɔ fam \q2 wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim. \q1 \v 19 Aman a na wonim wo nyinaa \q2 ho adwiriw wɔn wɔ wo ho: \q1 wʼawiei ayɛ ahometew \q2 na wɔrenhu wo bio.’ ” \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Sidon \p \v 20 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 21 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no \v 22 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: \q1 “ ‘Me ne wo anya, Sidon \q2 na mɛda mʼanuonyam adi wɔ mo mu. \q1 Wubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no, \q2 bere a mede asotwe aba ne so \q2 na mada me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ ne mu no. \q1 \v 23 Mɛma ɔyaredɔm aba ne so \q2 na mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so. \q1 Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu, \q2 bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa. \q2 Afei na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \p \v 24 “ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo \nd Awurade\nd* no. \p \v 25 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so. \v 26 Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn no.’ ” \c 29 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Misraim \p \v 1 Mfe du so ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa. \v 3 Kasa kyerɛ no na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se. \q1 “ ‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao \q2 asuboa kɛse a woda wo nsuwansuwa mu.’ ” \q1 Woka se, “Nil yɛ mede; \q2 meyɛ maa me ho.” \q1 \v 4 Na mede nnarewa besuso wʼabogye mu \q2 na mama mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no \q2 atetare wʼabon ho. \q1 Mɛtwe wo afi wo nsuwansuwa no mu, \q2 a mpataa no nyinaa tetare wo ho. \q1 \v 5 Megyaw wo hɔ wɔ sare no so, \q2 wo ne mpataa a wɔwɔ wo nsuwansuwa mu no nyinaa. \q1 Mobɛhwe ase wɔ asase petee mu \q2 a wɔremma mo so bio. \q1 Mede wo bɛma asase so mmoa \q2 ne wim nnomaa sɛ wɔn aduan. \m \v 6 Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa behu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \b \p “ ‘Woayɛ sɛ demmire pema ama Israelfi. \v 7 Wɔde wɔn nsa soo wo mu no, wo mu bukaw ma wuhuruwii, wotwerii wo no, wo mu bu ma wobɔɔ pemmɔ. \p \v 8 “ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mede afoa bɛba abɛko atia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa. \v 9 Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd*. \p “ ‘Efisɛ wokae se, “Nil yɛ me de; me na meyɛe,” enti \v 10 me ne wo ne wo nsuwansuwa na anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, efi Migdol kosi Aswan twa mu de kɔka Kus hye so. \v 11 Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfe aduanan. \v 12 Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛe mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfe aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛe no mu. Na mɛbɔ Misraimfo apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so. \p \v 13 “ ‘Nanso sɛɛ ne nea Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mfe aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfo ano afi aman a mebɔɔ wɔn petee so no so. \v 14 Mede wɔn befi nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nenanom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahenni mu kumaa bi. \v 15 Ɛbɛyɛ ahenni a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahenni a ɛrentumi nni aman afoforo so. \v 16 Misraim renyɛ ɔman a Israelfo de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdan no de pɛɛ mmoa. Afei, wobehu sɛ mene Otumfo \nd Awurade\nd* no.’ ” \p \v 17 Mfe aduonu ason so, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 18 “Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo tuu Tiro so sa abran so, eti biara so pepae, na ɔbati nso so popɔree. Nanso ɔne nʼasraafo no annya hwee amfi adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu. \v 19 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahode akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼasraafo. \v 20 Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, efisɛ ɔne nʼakofo yɛ maa me, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 21 “Saa da no mɛma abɛn bi afifi ama Israelfi, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.” \c 30 \s1 Misraim Ho Kwadwom \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Twa adwo na ka se, \q2 “Ao da no!” \q1 \v 3 Na da no abɛn, \q2 \nd Awurade\nd* da no abɛn, \q1 omununkum da, \q2 amanaman no atemmu bere. \q1 \v 4 Afoa bi bɛsɔre atia Misraim, \q2 na ahoyeraw bɛba Kus so. \q1 Sɛ apirafo totɔ wɔ Misraim a \q2 wɔbɛsoa nʼahonyade akɔ \q2 na wɔabubu ne fapem agu fam. \m \v 5 Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ afoa ano. \p \v 6 “ ‘Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Misraim nnamfonom bɛtotɔ \q2 na nʼahomaso ahoɔden bedi no huammɔ. \q1 Efi Migdol kosi Aswan \q2 wɔbɛtotɔ wɔ afoa a ɛwɔ ne mu no ano, \q2 Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \q1 \v 7 Wɔbɛdeda mpan \q2 wɔ nsase a ada mpan mu, \q1 na wɔn nkuropɔn bebubu aka \q2 nkuropɔn a abubu ho. \q1 \v 8 Afei wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no, \q2 bere a mede ogya ato Misraim mu \q2 na madwerɛw nʼaboafo nyinaa no. \p \v 9 “ ‘Saa da no, asomafo de ahyɛn befi me nkyɛn akohunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyeraw no wɔ Misraim atemmuda no, na ampa ara ɛbɛba mu. \b \p \v 10 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awiei \q2 mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so. \q1 \v 11 Ɔno ne nʼasraafo; amanaman no mu anuɔdenfo, \q2 wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no. \q1 Wɔbɛtwe wɔn afoa atia Misraim \q2 na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma. \q1 \v 12 Mɛma Nil mu nsu ayow \q2 na matɔn asase no ama nnipa bɔne; \q1 menam ananafo so \q2 bɛsɛe asase no ne nea ɛwɔ mu nyinaa. \m Me \nd Awurade\nd* na maka. \b \p \v 13 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Mɛsɛe ahoni no \q2 na mede Memfis nsɛsode ahorow no aba awiei. \q1 Misraim rennya mmapɔmma bio, \q2 na mɛma hu aba asase no so nyinaa. \q1 \v 14 Mɛsɛe Misraim Atifi, \q2 ato Soan mu gya \q2 na matwe Tebes aso. \q1 \v 15 Mehwie mʼabufuwhyew agu Pɛlusum so, \q2 Misraim bammɔ dennen no, \q2 na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu. \q1 \v 16 Mɛto Misraim mu gya; \q2 Pɛlusum de ɔyaw bebubu ne mu. \q1 Ahum bebu afa Tebes so; \q2 na Memfis bedi abooboo da biara. \q1 \v 17 Heliopolis ne Bubastis mmerante \q2 bɛtotɔ wɔ afoa ano, \q2 na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommum mu. \q1 \v 18 Sum kabii beduru Tapanhes, da no \q2 sɛ mibubu Misraim konnua no a; \q2 hɔ na nʼahomaso ahoɔden bɛba awiei. \q1 Omununkum bɛkata no so, \q2 na ne nkuraa bɛkɔ nnommum mu. \q1 \v 19 Ɛno nti mɛtwe Misraim aso, \q2 na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ ” \p \v 20 Afe a ɛto so dubaako no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so ason no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 21 “Onipa ba, mabu Misraimhene Farao basa mu. Wɔnkyekyeree, na atoa bio; na wɔmfa nhyɛɛ ntama bamma mu na anya ahoɔden a ɔde beso afoa mu. \v 22 Ɛno nti, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose: Mene Misraimhene Farao anya; mebubu nʼabasa abien no mu; basa a eye ne nea mu abu no, na mama afoa afi ne nsam atɔ fam. \v 23 Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so. \v 24 Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼafoa ahyɛ ne nsa, nanso Farao de, mebu nʼabasa mu, na wasi apini wɔ nʼanim sɛ obi a wapira opirabɔne. \v 25 Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bedwudwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼafoa hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \v 26 Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.” \c 31 \s1 Sida Bi A Ɛwɔ Lebanon \p \v 1 Mfe dubaako mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne dɔm se: \q1 “ ‘Hena ho na wɔde wo kɛseyɛ bɛtoto? \q1 \v 3 Dwene Asiria ho, sida bi a bere bi na ɛwɔ Lebanon, \q2 Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwae so \q1 nyin kɔɔ soro yiye, \q2 ma ne nkɔn mu boro nhaban a ayɛ kusuu no so. \q1 \v 4 Nsu no maa no aduan, \q2 mmura a mu dɔ ma enyin kɔɔ soro; \q1 wɔn nsuwansuwa sen faa nʼase nyinaa \q2 de kɔɔ mfuw no so nnua nyinaa ho. \q1 \v 5 Enti ɛkɔɔ sorosoro \q2 sen mfuw no so nnua nyinaa; \q1 ne dubaa dɔɔso \q2 ne mman nyin yɛɛ atenten, \q2 na nsu dodow a enyaa no nti ɛdennanee. \q1 \v 6 Wim nnomaa nyinaa \q2 yɛɛ wɔn berebuw wɔ ne dubaa no mu, \q1 wuram mmoa nyinaa \q2 wowoo mma wɔ ne mman no ase \q1 aman akɛse nyinaa \q2 tenaa ne nwini ase. \q1 \v 7 Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, \q2 ne dubaa a adennan no nti, \q1 na ne ntin nyin kɔɔ fam \q2 koduu nsu bebree mu. \q1 \v 8 Sida a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu \q2 nto no, \q1 na ɔpepaw nnua nso \q2 dubaa ne no nyɛ pɛ, \q1 na wontumi mfa ɔfo nnua nso \q2 ntoto ne mman ho, \q1 dua biara nni Onyankopɔn turo \q2 no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no. \q1 \v 9 Mebɔɔ no ahoɔfɛ \q2 maa no mman bebree, \q2 na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa \q1 Onyankopɔn turo no mu no \q2 ani beree no. \p \v 10 “ ‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Esiane sɛ enyin kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhaban a abunkam so, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho nti, \v 11 mede no hyɛɛ amanaman sodifo nsa, sɛ ɔne no nni no sɛnea nʼamumɔyɛ te. Mepoo no, \v 12 na ananafo aman no mu anuɔdenfo twaa no hwee fam, na ogyaw no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔw ne aku mu; ne mman mu bubuu wɔ subon mu. Asase so aman nyinaa fii ne nwini ase, na wogyaw no hɔ. \v 13 Wim nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wuram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. \v 14 Ɛno nti, nnua a ɛwɔ nsu ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyin nkɔ sorosoro, mmoro nhaban a abunkam so no so. Nnua afoforo biara a enya nsu bebree no rennyin nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bewu akɔ asase ase, wɔ nnipamma a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn. \p \v 15 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Da a wɔde no too ɔda mu no, mede awerɛhow kataa nsuwansuwa a mu dɔ no so maa no, na amma ne nsuten no ansen, na misiw ne nsu dodow no kwan. Ne nti mede kusuuyɛ furaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ sare no so nyinaa botowee. \v 16 Memaa aman no ho popoo wɔ nʼasehwe nnyigyei no ho, bere a mede no baa ɔda mu ne wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. Afei Eden nnua nyinaa, nea ɛte apɔw na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a enya nsu yiye nyinaa nyaa awerɛkyekye wɔ asase ase. \v 17 Wɔn a wɔtenaa ne nwini ase, ne ne dɔm a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ ɔda mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ho. \p \v 18 “ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no. \p “ ‘Eyi yɛ Farao ne ne dɔm no, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \c 32 \s1 Farao Ho Kwadwom \p \v 1 Mfe dumien mu, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no se: \q1 “ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: \q2 wote sɛ po mu aboa a ne ho yɛ hu \q1 wububu dikyi wɔ wo nsuten mu, \q2 wode wo nan boro nsuten no \q2 de fono nsu no. \p \v 3 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Mede dɔm bɛba \q2 abɛtow mʼasau agu wo so, \q2 na wɔbɛtwe wo afi mʼasau mu. \q1 \v 4 Mɛtow wo akyene asase no so \q2 na mahiri wo ato sare so. \q1 Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so \q2 na asase so mmoa nyinaa adi wo nam afrɛ so. \q1 \v 5 Mɛhata wo nam wɔ mmepɔw no so \q2 na mede wo funu ahyɛ aku ma. \q1 \v 6 Mede wo mogya a ɛresen no \q2 afɔw asase no de akɔka mmepɔw no \q2 na wo nam bɛhyɛ abon nketewa no ma. \q1 \v 7 Sɛ mitwa wo fi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani \q2 na madunnum wɔn nsoromma; \q1 mede omununkum bɛkata owia ani, \q2 na ɔsram renhyerɛn. \q1 \v 8 Ɔsoro akanea a ɛhyerɛn nyinaa \q2 mɛma aduru sum wɔ wo so; \q2 mɛma sum aduru wʼasase, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \q1 \v 9 Mɛma nnipa bebree koma atutu \q2 bere a mede wo sɛe aba aman no mu, \q2 nsase a wunnya nhuu mu. \q1 \v 10 Mɛma nnipa bebree ho adwiriw wɔn wɔ wo ho, \q2 wo nti, hu bɛma wɔn ahene ho apopo \q2 bere a merehim mʼafoa wɔ wɔn anim no. \q1 Da a wobɛhwe ase no \q2 wɔn mu biara ho bɛwosow \q2 bere nyinaa mu wɔ wɔn nkwa nti. \p \v 11 “ ‘Na sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: \q1 “ ‘Babiloniahene afoa \q2 bɛsɔre wɔ wo so. \q1 \v 12 Mɛma wo dɔm no atotɔ \q2 wɔ dɔmmarima afoa ano, \q2 wɔ aman a wɔyɛ anuɔdenfo mu. \q1 Wɔbɛsɛe Misraim ahomaso pasaa \q2 na ne dɔm no nyinaa bedi nkogu. \q1 \v 13 Mekunkum nʼanantwi nyinaa \q2 afi nsu bebree no ho \q1 na onipa nan rentiatia mu bio \q2 na anantwi tɔte nso remfono no. \q1 \v 14 Afei mɛma ne nsu ani atew \q2 na mama ne nsuten ateɛ sɛ ngo, \qr Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \q1 \v 15 Sɛ mema Misraim da mpan \q2 na miyi biribiara fi asase no so, \q1 sɛ mikum wɔn a wɔte so nyinaa a, \q2 afei na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ \p \v 16 “Eyi ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmabea bɛto ama Misraim ne ne dɔm nyinaa, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.” \p \v 17 Afe a ɛto so dumien no ne sram da a ɛto so dunum no, \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 18 “Onipa ba, twa adwo ma Misraim dɔm na ma ɔne amanaman akɛse no mmabea nsian nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho. \v 19 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Wadom mo dodo sen wɔn a aka no ana? Munsian nkɔ na mo ne momonotofo no nkɔda.’ \v 20 Wɔbɛka wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no ho. Wɔatwe afoa no, ma wɔntwe ne nnipadɔm no ase nkɔ. \v 21 Akannifo akɛse a wɔwɔ ɔda mu bɛka afa Misraim ne ne dɔm ho se, ‘Wɔasian aba na wɔdeda momonotofo mu, wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no.’ \p \v 22 “Asiria ne nʼasraafo nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wɔakunkum wɔn no nna atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no. \v 23 Wɔn nna no wɔ amoa no ase tɔnn na nʼasraafo deda ne nna ho nyinaa. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano. \p \v 24 “Elam wɔ hɔ, ne nnipadɔm nyinaa atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so nyinaa sian kɔɔ asase ase sɛ momonotofo. Wɔde wɔn animguase kɔka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho. \v 25 Wɔato mpa ama no wɔ atɔfo no mu, na ne dɔm atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛw wɔ ateasefo asase so no nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfo no mu. \p \v 26 “Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn dɔm atwa wɔn nna ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano efisɛ wɔtrɛtrɛw wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefo asase so. \v 27 Ɛnyɛ wɔn ne akofo momonotofo foforo a wɔatotɔ na wɔdeda hɔ no ana? Wɔn a wɔne wɔn akode sian kɔɔ nna mu na wɔn ti deda wɔn afoa so no. Wɔn amumɔyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofo yi ahunahuna atrɛtrɛw wɔ ateasefo asase so. \p \v 28 “Farao, wo nso wobebubu wo mu na woakɔda momonotofo mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no. \p \v 29 “Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofo mu, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no. \p \v 30 “Mmapɔmma a wofi atifi fam nyinaa ne Sidonfo nyinaa wɔ hɔ, wɔne atɔfo kɔɔ wɔ animguase mu, wɔn tumi a wɔde hunahuna no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofo, wɔne wɔn a wokum wɔn wɔ afoa ano, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn animguase. \p \v 31 “Farao, ɔne nʼasraafo nyinaa behu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne dɔm a wokunkum wɔn wɔ afoa ano no ho, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 32 Mmom me na memaa Farao ne ne nnipadɔm de ahunahuna trɛtrɛw wɔ ateasefo asase so de, nanso wɔbɛdeda momonotofo mu, wɔn a wɔde afoa kunkum wɔn, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.” \c 33 \s1 Ɔwɛmfo Hesekiel \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, kasa kyerɛ wo manmma na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛ metwe mʼafoa wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfo mma wɔn, \v 3 na ohu sɛ afoa reba abɛko atia asase no a, ɔhyɛn torobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ. \v 4 Na sɛ obi te torobɛnto no nnyigyei na wanna ne ho so, na sɛ afoa no bekum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa ti so. \v 5 Esiane sɛ ɔtee torobɛnto no nnyigyei na wantie kɔkɔbɔ no nti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so. Sɛ otiee kɔkɔbɔ no a, anka onyaa ne ti didii mu. \v 6 Nanso sɛ ɔwɛmfo no hu sɛ afoa no reba na wanhyɛn torobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ afoa no ba bekum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne nti, nanso mɛma ɔwɛmfo no abu owufo no mogya ho akontaa.’ \p \v 7 “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfo ama Israelfi, ɛno nti tie mʼanom nsɛm na fa kɔkɔbɔ a efi me nkyɛn ma wɔn. \v 8 Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Wo omumɔyɛfo, owu na wubewu,’ na sɛ woankasa ankyerɛ no amma wamfi nʼakwan so a, saa omumɔyɛfo no bewu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa. \v 9 Nanso sɛ wobɔ omumɔyɛfo no kɔkɔ sɛ omfi nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne nti, obewu, nanso worenni ne mogya ho fɔ. \p \v 10 “Onipa ba, ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ ne nea moreka: “Yɛn mfomso ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe, esiane eyinom nti. Na dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?” ’ \v 11 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, mʼani nnye amumɔyɛfo wu ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdan fi wɔn akwan so na wonya nkwa. Monnan! Monnan mfi mo amumɔyɛ akwan no so! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwuwu, Israelfi?’ \p \v 12 “Ɛno nti onipa ba, ka kyerɛ wo manmma se, ‘Ɔtreneeni trenee rentumi nnye no nkwa wɔ bere a ɔnyɛ osetie; na omumɔyɛfo amumɔyɛ remma ɔnhwe ase wɔ bere a ɔdan fi ho. Sɛ ɔtreneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kan treneeyɛ nti.’ \v 13 Sɛ meka kyerɛ ɔtreneeni sɛ obenya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne treneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kan trenee nneyɛe biara. Obewu wɔ ne bɔne a wayɛ nti. \v 14 Na sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Owu na wubewu,’ na afei ɔdan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ, \v 15 na sɛ ɔsan de bosea ho awowaside ma, na ɔsan de nea wawia ma, na odi ahyɛde a ɛma nkwa so, na wanyɛ bɔne a, ampa ara obenya nkwa, na ɔrenwu. \v 16 Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ nea eye na ɛteɛ, ampa ara obenya nkwa. \p \v 17 “Nanso wo manmma ka se, ‘\nd Awurade\nd* akwan nteɛ.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteɛ. \v 18 Sɛ ɔtreneeni fi ne trenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu. \v 19 Na sɛ omumɔyɛfo dan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ a, obenya nkwa. \v 20 Nanso Israelfi, moka se, ‘Awurade akwan nteɛ.’ Nanso mebu obiara atɛn sɛnea nʼakwan te.” \s1 Wɔkyerɛ Yerusalem Asehwe Ase \p \v 21 Yɛn asutwa afe a ɛto so dumien no sram a ɛto so du no nnaanum so, ɔbarima bi a waguan afi Yerusalem baa me nkyɛn bɛkae se, “Kuropɔn no ahwe ase!” \v 22 Na anwummere a ade rebɛkye ama ɔbarima no aba no, na \nd Awurade\nd* nsa wɔ me so na obuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a mitumi kasa. \p \v 23 Afei \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 24 “Onipa ba, nnipa a wɔtete saa nnwiriwii so wɔ Israel asase no so no reka se, ‘Abraham yɛ onipa baako, nanso onyaa asase no nyinaa. Nanso yɛdɔɔso, na nokware wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛn agyapade.’ \v 25 Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Sɛ mowe nam a mogya wɔ mu, mosom mo anyame na muhwie mogya gu nti, ɛsɛ sɛ mofa asase no ana? \v 26 Mode mo ho to mo afoa so. Moyɛ akyiwade na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ munya asase no ana?’ \p \v 27 “Ka eyi kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kurow no nnwiriwii mu no bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ wuram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandennen ne abodan mu no, ɔyaredɔm bekunkum wɔn. \v 28 Mɛsɛe asase no ama ayɛ amamfo, na nʼahomaso ahoɔden no bɛba awiei na Israel mmepɔw no bɛda mpan a obiara rentwa mu wɔ hɔ. \v 29 Afei wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no, bere a mama asase no ada mpan wɔ akyiwade a wɔayɛ nyinaa nti.’ \p \v 30 “Wo de, onipa ba, wo manmma reka wo ho nsɛm wɔ afasu ho ne afi apon ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho se, ‘Mommra mmetie asɛm a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn aba.’ \v 31 Me nkurɔfo ba wo nkyɛn, sɛnea wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim betie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn koma mu de, wɔn ani bere asisi mu adenya. \v 32 Nokware, wɔn de, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontode to ɔdɔ nnwom, efisɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. \p \v 33 “Sɛ eyinom nyinaa ba mu a, na nokware ɛbɛba mu nso, na afei wobehu sɛ odiyifo bi baa wɔn mu.” \c 34 \s1 Nguanhwɛfo Ne Nguan \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Nnome nka Israel nguanhwɛfo a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nguanhwɛfo hwɛ nguankuw no ana? \v 3 Monom nufusu, mode mmoa no ho nwi fura mo ho na mukum mmoa a wɔadodɔ nanso monhwɛ nguankuw no. \v 4 Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no den, nsaa ayarefo yare na monkyekyeree apirafo akuru. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmae, na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimɔden na ahwɛ wɔn so. \v 5 Ɛno nti wɔbɔ ahwete, efisɛ wonni ɔhwɛfo bi, na wɔbɔ ahwete no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wuram mmoa nyinaa. \v 6 Me nguan kyinkyin mmepɔw ne nkoko nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn. \p \v 7 “Enti, mo nguanhwɛfo, muntie \nd Awurade\nd* asɛm: \v 8 Nokware, sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, esiane sɛ me nguankuw nni ɔhwɛfo nti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wuram mmoa, na esiane sɛ nguanhwɛfo no anhwehwɛ me nguan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nguan no asaworam \v 9 nti, nguanhwɛfo, muntie \nd Awurade\nd* asɛm: \v 10 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Me ne nguanhwɛfo no anya na mɛma wɔabu me nguankuw no ho akontaa. Meremma wɔnhwɛ nguankuw no bio sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum nguan no nnwe; megye me nguankuw afi wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduan bio. \p \v 11 “ ‘Na sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Me ara mɛhwehwɛ me nguan na mahwɛ wɔn so. \v 12 Sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan a wɔahwete bere a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nguan so. Meyi wɔn afi mmeae a wɔhwete kɔɔ wɔ omununkum ne sum kabii da no. \v 13 Mede wɔn befi amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afi nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, subon ne asase no so atenae nyinaa. \v 14 Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔw atenten so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na hɔ na wɔbɛwe sare frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔw so. \v 15 Me ara mɛhwɛ me nguan na mama wɔadeda hɔ. \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 16 Mɛhwehwɛ nea wayera na mede nea wabɔ ko asan aba. Mɛkyekyere nea wapira no akuru, na mahyɛ nea ɔyɛ mmerɛw no den, nanso nea wadɔ ne nea ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede trenee bɛhwɛ nguankuw no. \p \v 17 “ ‘Na mo, me nguankuw, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn ne mpapo ne adwennini ntam. \v 18 Adidibea papa a mudidi so no, ɛyɛ ade ketewa ma mo ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan tiatia mo adidibea a aka no nso so ana? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsu a ani yɛ kurunnyenn ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan fono nkae no ana? \v 19 Ɛsɛ sɛ me nguankuw di nea moatiatia so na wɔnom nea mode mo anan afon ana? \p \v 20 “ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mebu nguan a wɔadodɔ ne nguan a wɔafonfɔn ntam atɛn. \v 21 Esiane sɛ, mode mo nkyɛn mu ne mmati puapua nguan a wonni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kosi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri nti, \v 22 megye me nguankuw na wɔremfom wɔn bio. Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn. \v 23 Mɛma oguanhwɛfo baako, me somfo Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo. \v 24 Na me, \nd Awurade\nd*, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na me somfo Dawid ayɛ wɔn mu obirɛmpɔn. Me \nd Awurade\nd* na maka. \p \v 25 “ ‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛnea wobetumi atena sare so na wɔadeda kwae mu asomdwoe mu. \v 26 Mehyira wɔn ne mmeae a atwa me pampa ho ahyia. Mɛtɔ obosu wɔ ne bere mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosu. \v 27 Mfuw so nnua bɛsow wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduan. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mibubu wɔn konnua na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam a wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \v 28 Amanaman no remfow wɔn bio, na wuram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoe mu na obiara renhunahuna wɔn. \v 29 Na mɛma wɔn asase a ɛsow nnɔbae ama agye din, na aduankɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no. \v 30 Afei wobehu sɛ me \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israelfi, yɛ me nkurɔfo; Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 31 Mo, me nguan, mʼadidibea nguan yɛ me nkurɔfo, na mene mo Nyankopɔn, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \c 35 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Edom \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔw Seir; hyɛ nkɔm tia no, \v 3 na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Me ne wo anya, Bepɔw Seir, na mɛteɛ me basa atia wo na mɛma wo ada mpan. \v 4 Mɛdan wo nkurow ama ayɛ mmubui na wobɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \p \v 5 “ ‘Esiane sɛ wode tete nitan hyɛɛ wo mu na wuyii Israelfo maa afoa wɔ wɔn amanehunu mu, bere a wɔn asotwe duu ne mpɔmpɔnso no \v 6 nti, sɛ mete ase yi de, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, mede wo bɛma mogyahwiegu na ebedi wʼakyi. Esiane sɛ woansuro mogyahwiegu no nti, mogyahwiegu bɛtaa wo. \v 7 Mɛma bepɔw Seir ada mpan, na mayi wɔn a wodi so akɔneaba no afi hɔ. \v 8 Mede atɔfo bɛhyɛ wo mmepɔw so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano bɛtotɔ ase wɔ wo nkoko so, aku mu ne wo subon mu. \v 9 Mɛma woada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkurow so. Afei wubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \p \v 10 “ ‘Woaka se, “Saa aman abien ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea, na yɛbɛfa,” wɔ bere a me \nd Awurade\nd* mete hɔ; \v 11 enti sɛ mete ase yi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni, me ne wo bedi no sɛnea abufuw ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotan wɔn no mu no te, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn. \v 12 Afei wubehu sɛ me \nd Awurade\nd*, mate animtiaabu nsɛm a woaka atia Israel mmepɔw no. Wokae se, “Wɔama ada mpan na wɔadan ama yɛn sɛ yɛmfa.” \v 13 Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na metee. \v 14 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Bere a wiase nyinaa redi ahurusi no, mɛma wo ada mpan. \v 15 Sɛnea wudii ahurusi bere a Israelfi agyapade daa mpan no, saa ɔkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔw Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ ” \c 36 \s1 Israel Mmepɔw Ho Nkɔmhyɛ \p \v 1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔw na ka se: ‘Israel mmepɔw, muntie \nd Awurade\nd* asɛm. \v 2 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Sɛɛ na ɔtamfo no ka faa wo ho, “Aaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.” ’ \v 3 Ɛno nti, hyɛ nkɔm na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno nti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapade ne nnipa no ahohora nsɛnka ne atwetwesi, \v 4 ɛno nti, Israel mmepɔw, muntie Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm: Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon, nnwiriwii a ada mpan ne nea ayɛ amamfo, nkurow amamfo a wɔadwiriw agu na aman no nkae a atwa wɔn ho ahyia no di wɔn ho fɛw. \v 5 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mifi anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, efisɛ wɔde fɛwdi ne adwemmɔne ayɛ me man wɔn agyapade, sɛnea wobetumi afom ne didibea.’ \v 6 Ɛno nti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, subon ne abon se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mede ninkutwe mu anibere kasa, efisɛ amanaman no abu wo animtiaa. \v 7 Enti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wobebu wɔn animtiaa. \p \v 8 “ ‘Nanso mo, Israel mmepɔw, mubenya mman, asow aba ama me nkurɔfo Israelfo, efisɛ ɛrenkyɛ wɔbɛba fie. \v 9 Mo ho hia me na mehu mo mmɔbɔ; wobefuntum mo na wɔadua mo so aba, \v 10 na mɛma wo so nnipa adɔɔso, Israelfi nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkurow no so bio, na wobesisi nnwiriwii no nso. \v 11 Mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso wɔ mo so na wɔbɛwowo na wɔadodɔ, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kan no na wɔbɛma woadi yiye asen kan no. Na afei mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \v 12 Mɛma nkurɔfo, me nkurɔfo Israelfo, anantew wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapade na woremma wonni mmakɔm bio. \p \v 13 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Esiane sɛ nkurɔfo ka kyerɛ wo se, “Wukum nnipa we na woma wo man no hwere nʼadehye,” \v 14 ɛno nti worenkum nnipa nwe bio na woremma wo man nhwere nʼadehye bio, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 15 Meremma wonte amanaman no fɛwdi bio, na worenhu nkurɔfo no animtiaabu bio, na wo man nso renhwe ase bio, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \p \v 16 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 17 “Onipa ba, bere a Israelfo te wɔn ankasa asase so no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbea ɔsram-sram afide wɔ mʼani so. \v 18 Enti mihwiee mʼabufuwhyew guu wɔn so, efisɛ wɔahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi. \v 19 Mebɔɔ wɔn ahwete wɔ amanaman mu, na wɔhwete faa amanaman mu; migyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe so buu wɔn atɛn. \v 20 Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, woguu me din kronkron ho fi, efisɛ wɔka faa wɔn ho se, ‘Eyinom yɛ \nd Awurade\nd* nkurɔfo, nanso na ɛsɛ sɛ wofi nʼasase so.’ \v 21 Me din kronkron ho hia me, nea Israelfi guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no. \p \v 22 “Ɛno nti, ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Israelfi, ɛnyɛ mo nti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no nti, nea muguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no. \v 23 Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a moagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, din a moagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wohu a, afei amanaman no behu sɛ mene \nd Awurade\nd* no, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 24 “ ‘Na meyi mo afi amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afi nsase no nyinaa so de mo asan aba mo ankasa asase so. \v 25 Mede nsu kurunnyenn bɛpete mo so na mo ho atew: Mɛtew mo ho afi nkekae ne mo ahoni nyinaa ho. \v 26 Mɛma mo koma foforo na mede honhom foforo ahyɛ mo mu. Meyi koma a ɛte sɛ ɔbo no afi mo mu na mama mo koma foforo a ɛyɛ ɔhonam. \v 27 Na mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mama moadi mʼahyɛde so na moahwɛ adi me mmara so. \v 28 Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn. \v 29 Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduan aba ama abu so na meremma ɔkɔm mma mo so. \v 30 Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuw nso abɔ nnɔbae sɛnea ɔkɔm nti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu. \v 31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo amumɔyɛ, na mo bɔne ne akyiwade nti, mo ho bɛyɛ mo nwini. \v 32 Mepɛ sɛ muhu sɛ ɛnyɛ mo nti na mereyɛ eyi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. Momfɛre na momma mo ani nwu wɔ mo abrabɔ ho Israelfi! \p \v 33 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Da a mɛtew mo ho afi mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkurow so bio na wobesisi nnwiriwii no bio. \v 34 Asase a ada mpan no, wobedua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛnea na ɛte wɔ wɔn a na wotwa mu fa hɔ no ani so no. \v 35 Wɔbɛka se, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo, nkuropɔn a na adan nnwiriwii, ayɛ amamfo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.” \v 36 Afei aman a aka a atwa mo ho ahyia no behu sɛ me \nd Awurade\nd* makyekyere nea na asɛe na madua wɔ nea na ada mpan so, me \nd Awurade\nd* na maka na mɛyɛ.’ \p \v 37 “Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Metie Israelfi abisade na mayɛ eyi ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfo adɔɔso sɛ nguan, \v 38 wɔbɛdɔɔso sɛ nguankuw a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔde wɔ nʼafahyɛnna. Saa ara na nnipa dodow bɛhyɛ nkuropɔn a adwiriw no so ma. Afei wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.” \c 37 \s1 Obon Mu Nnompe A Ho Akokwaw \p \v 1 Na \nd Awurade\nd* nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom faa me fii adi de me besii obon no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma. \v 2 Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mihuu nnompe bebree wɔ obon no ase, nnompe a ɛho akokwaw. \v 3 Obisaa me se, “Onipa ba, saa nnompe yi betumi anya nkwa ana?” \p Mekae se, “Otumfo \nd Awurade\nd*, wo nko ara na wunim.” \p \v 4 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn se, ‘Nnompe a mo ho akokwaw, muntie \nd Awurade\nd* asɛm! \v 5 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ɔhome aba mo mu na mubenya nkwa. \v 6 Mɛma ntin abesuso mo mu, na mede nam agu mo so na mede were akata mo ho. Mede ɔhome begu mo mu na moaba nkwa mu. Afei mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*.’ ” \p \v 7 Ɛno nti mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no. Na migu so rehyɛ nkɔm no, nne bi bae, ɔwosow bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho. \v 8 Na mehwɛ huu sɛ ntin baa so, na nam baa ho na were bɛkataa so, nanso na ɔhome biara nni mu. \p \v 9 Afei ɔka kyerɛɛ me se: “Hyɛ nkɔm kyerɛ home, hyɛ nkɔm, onipa ba na ka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Ɔhome fi mframa anan no mu bra bɛhome gu saa awufo yi mu na wonnya nkwa.’ ” \v 10 Enti mehyɛɛ nkɔm sɛnea ɔhyɛɛ me no, na ɔhome hyɛn wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn anan so, dɔm kɛse pa ara. \p \v 11 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israelfi nyinaa. Wɔka se: ‘Yɛn nnompe ho akokwaw na yɛn anidaso asa, wɔatwa yɛn agu korakora.’ \v 12 Ɛno nti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Me nkurɔfo, merebebuebue mo nna na mayiyi mo afi mu apue. Mede mo bɛsan aba Israel asase so. \v 13 Afei mo, me nkurɔfo, sɛ mibuebue mo nna na miyiyi mo fi mu a, mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \v 14 Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mubenya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mubehu sɛ me, \nd Awurade\nd* na makasa na mayɛ nso, \nd Awurade\nd* asɛm ni.’ ” \s1 Ɔman Baako A Ɛhyɛ Ɔhene Baako Ase \p \v 15 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se: \v 16 “Onipa ba, fa dua na kyerɛw ho se, ‘Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho de.’ Afei fa dua foforo na kyerɛw ho se, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israelfi a wɔka ne ho nyinaa de.’ \v 17 Ka abien no bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam. \p \v 18 “Sɛ wo nkurɔfo ka se, worenkyerɛ yɛn nea wode eyi kyerɛ ana a, \v 19 ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuw a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ abien no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’ \v 20 Ma nnua a woakyerɛkyerɛw ho no so kyerɛ wɔn \v 21 na ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Meyi Israelfo afi amanaman a wɔakɔ so no so. Mɛboaboa wɔn ano afi mmaa nyinaa na mede wɔn asan aba wɔn ankasa asase so. \v 22 Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔw so. Ɔhene baako bedi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahenni abien. \v 23 Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsode tantan no, anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na megye wɔn nkwa afi wɔn akyirisan bɔne mu na mɛtew wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. \p \v 24 “ ‘Me somfo Dawid bedi wɔn so hene na wɔn nyinaa benya oguanhwɛfo baako. Wobedi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛde ayɛ. \v 25 Wɔbɛtena asase a mede maa me somfo Yakob, asase a mo agyanom tenaa so. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me somfo Dawid bɛyɛ wɔn birɛmpɔn afebɔɔ. \v 26 Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔ na mede me kronkronbea besi wɔn mu afebɔɔ. \v 27 Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo. \v 28 Afei amanaman no behu sɛ me \nd Awurade\nd*, me na meyɛ Israel kronkron, bere a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ no.’ ” \c 38 \s1 Nkɔmhyɛ A Etia Gog \p \v 1 \nd Awurade\nd* asɛm baa me nkyɛn se, \v 2 “Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn no; hyɛ nkɔm tia no \v 3 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal birɛmpɔn. \v 4 Mekyinkyim wo na mede nnarewa asuso wʼabogye mu na mede wo ne wʼasraafo nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔsotefo a wɔhyehyɛ akotade ne dɔm kɛse a wokurakura akokyɛm akɛse ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn afoa, apue. \v 5 Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura nkatabo na wɔhyehyɛ wɔn nnadekyɛw bɛka wɔn ho, \v 6 afei Gomer ne nʼasraafo nyinaa ne Bet-Togarma a wofi atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafo, aman bebree bɛka wo ho. \p \v 7 “ ‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nnipakuw a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfo. \v 8 Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfe bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafi ɔko mu afi na wɔaboaboa so nnipa afi amanaman so aba Israel mmepɔw a ada mpan akyɛ no so. Wɔde wɔn fi amanaman no mu, na mprempren wɔn nyinaa te asomdwoe mu. \v 9 Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so. \p \v 10 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Saa da no, nsusuwii bi bɛba wo tirim na wubeguan nhyehyɛe bɔne bi. \v 11 Wobɛka se, “Mɛko afa asase a wɔntoo so nkuraa ho fasu, mɛtow ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoe na wɔnnwene hwee so, a wɔn mu biara nni ɔfasu, apon ne akyi adaban. \v 12 Mɛfom na mawia na madan me nsa atia amamfo a nnipa abɛtena so ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afi amanaman so, nnipa a nyɛmmoa ne aguade abu wɔn so na wɔtete asase no mfimfini no.” \v 13 Seba ne Dedan ne Tarsis aguadifo ne ne nkuraa nyinaa bebisa wo se, “Woaba sɛ worebɛfom ana? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebewia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nyɛmmoa ne aguade akɔ na moafa asade bebree abran so ana?” ’ \p \v 14 “Ɛno nti, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Gog se, ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Saa da no, bere a me nkurɔfo Israelfo te hɔ asomdwoe mu no, woanhu ana? \v 15 Wubefi wʼasase so wɔ atifi fam nohɔ tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, nnipadɔm kɛse, asraafodɔm a ɛso. \v 16 Mubetu ateɛ akɔ me nkurɔfo Israelfo so te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu. Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛnea aman no behu me, bere a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim no. \p \v 17 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Ɛnyɛ wo ne nea menam mʼasomfo Israel adiyifo so kaa wo ho asɛm nna a atwa mu no ana? Saa bere no, wɔde mfe bebree hyɛɛ nkɔm se mɛma wo so de atia wɔn. \v 18 Eyi ne nea ebesi saa da no. Sɛ Gog tow hyɛ Israel asase so a, mʼabufuwhyew bɛsɔre, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 19 Mʼanem ne mʼabufuwhyew mu, mepae mu ka se, saa bere no asasewosow kɛse bɛba Israel asase so. \v 20 Po mu mpataa, wim nnomaa, wuram mmoa, abɔde biara a ɛwea wɔ asase so ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔw betutu agu, abotan bedwiriw na afasu nyinaa abubu agu fam. \v 21 Mɛfrɛ afoa aba Gog so wɔ me mmepɔw nyinaa so, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. Wɔde afoa bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho. \v 22 Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bebu no atɛn, mehwie osuhweam, mparuwbo, ogya ne sufre a ɛdɛw agu ɔno ne nʼasraafo ne aman bebree a wɔka ne ho no so. \v 23 Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahu me. Afei wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.’ \c 39 \p \v 1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn. \v 2 Mekyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo befi atifi fam nohɔ tɔnn na mede aba Israel mmepɔw so. \v 3 Afei, mɛbɔ wo bɛmma afi wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afi wo nsa nifa mu agu fam. \v 4 Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman a wɔka wo ho no bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔw so. Mede wo bɛma nnomaa ahorow a wɔpɛ nea aporɔw ne wuram mmoa sɛ wɔn aduan. \v 5 Mobɛtotɔ wɔ mfuw so, efisɛ makasa, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 6 Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoe mu wɔ mpoano nsase so no na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. \p \v 7 “ ‘Mɛma me nkurɔfo Israelfo ahu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho kwan ma wonngu me din kronkron no ho fi na aman no behu sɛ me \nd Awurade\nd* mene Ɔkronkronni no wɔ Israel. \v 8 Ɛreba! na ampa ara ebesi, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. Da a maka ho asɛm no ni. \p \v 9 “ ‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkurow so befi adi na wɔde akode no bɛsɔ gya, akokyɛm nketewa ne akɛse, bɛmma ne agyan, nkontimmaa ne mpeaw. Wɔde bɛyɛ nnyina asɔ gya mfe ason. \v 10 Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyan wɔ mfuw so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwae mu, efisɛ wɔde akode no bɛsɔ gya. Na wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe wɔn nneɛma no nneɛma na wɔafom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nso nneɛma, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 11 “ ‘Saa da no, mɛyɛ amusiei wɔ Israel ama Gog, wɔ obon a ɛda baabi a wɔn a wotu kwan kɔ apuei fam wɔ po no ho no fa no. Ebesiw akwantufo kwan efisɛ wobesie Gog ne ne dɔm no wɔ hɔ. Ɛno nti wɔbɛfrɛ hɔ se Hamon Gog bon. \p \v 12 “ ‘Na Israelfi de asram ason besie wɔn de adwira asase no. \v 13 Nnipa a wɔwɔ asase no so besie wɔn na da a wɔbɛhyɛ me anuonyam no bɛyɛ nkaeda ama wɔn, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose. \v 14 Wɔbɛkɔ so afa nnipa ama wɔatew asase no ho. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so no. \p “ ‘Asram ason akyi no wɔbɛhwehwɛ asase no so yiye. \v 15 Bere a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyirae akosi sɛ asieifo bɛfa akosie wɔ Hamon Gog bon no mu. \v 16 (Kurow bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sɛɛ na wobedwira asase no.’ \p \v 17 “Onipa ba, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Frɛ nnomaa ahorow ne wuram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn se, ‘Mommoaboa mo ho ano mfi mmeaemmeae mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛse wɔ Israel mmepɔw so. Hɔ na mubedi nam na moanom mogya. \v 18 Mobɛwe dɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ nea wɔyɛ adwennini ne nguantenmma, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan nyɛmmoa a wɔadodɔ srade. \v 19 Afɔre a meresiesie ama mo no, mubedi srade akosi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akosi sɛ mobɛbobow. \v 20 Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefo, dɔmmarima ne asraafo ahorow nyinaa nam amee wɔ me pon so,’ Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 21 “Mɛda mʼanuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa behu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so no. \v 22 Efi saa da no rekɔ, Israelfi behu sɛ mene \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn no. \v 23 Na amanaman no behu sɛ Israelfo kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne nti, efisɛ wɔanni me nokware. Ɛno nti mede mʼanim hintaw wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ afoa ano. \v 24 Mene wɔn dii no sɛnea wɔn ho fi ne wɔn mfomso te, mede mʼanim hintaw wɔn. \p \v 25 “Ɛno nti sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Mede Yakob befi nkoasom mu aba na manya ahummɔbɔ ama Israelfo nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu. \v 26 Wɔn werɛ befi wɔn animguase ne nokware a wɔanni me bere a na wɔte hɔ asomdwoe mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn no. \v 27 Sɛ mede wɔn fi amanaman no so san ba na meboaboa wɔn ano fi wɔn atamfo nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so. \v 28 Afei wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn no, efisɛ ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ nnommum mu wɔ amanaman no mu de, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennyaw wɔn mu biara wɔ akyi. \v 29 Meremfa mʼanim nhintaw wɔn bio, efisɛ mehwie me Honhom agu Israelfi so, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.” \c 40 \s1 Asɔredan Foforo No Afefare Mu \p \v 1 Yɛn nnommumfa afe a ɛto so aduonu anum, afe no mfiase, ɔsram da a ɛto so du a ɛyɛ kuropɔn no asehwe afe a ɛto so dunan no, saa da no ara no \nd Awurade\nd* nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ hɔ. \v 2 Onyankopɔn anisoadehu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw tenten bi so; nʼanafo fam no na adan bi wɔ hɔ a ɛsɛ kuropɔn bi. \v 3 Ɔde me kɔɔ hɔ na mihuu ɔbarima bi a ne tebea te sɛ kɔbere mfrafrae; na ogyina ɔpon no ano, kura sirikyi hama ne susudua wɔ ne nsam. \v 4 Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a mɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyi, efisɛ ɛno nti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wubehu no kyerɛ Israelfi.” \s1 Apuei Fam Pon A Ɛkɔ Akyiri Adiwo \p \v 5 Mihuu ɔfasu a atwa asɔredan no afefare mu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten yɛ anammɔn du ne fa. Osusuw ɔfasu no huu sɛ mu piw yɛ anammɔn du ne fa, na ne sorokɔ nso saa ara. \p \v 6 Afei ɔkɔɔ abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na osusuw abobow ano no, na ne trɛw yɛ susudua no baako. \v 7 Awɛmfo adan no mu biara tenten mu yɛ susudua baako na ne trɛw mu nso saa ara, afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam mu piw yɛ anammɔn ason ne fa. Ntwironoo a anim kyerɛ asɔredan no abobow ano pon no trɛw yɛ susudua baako. \v 8 Afei osusuw ɔpon no ntwironoo; \v 9 na ne tenten mu yɛ anammɔn dumien, na nʼadum mu biara nso piw yɛ anammɔn abiɛsa. Ɔpon no ntwironoo anim hwɛ asɔredan no. \p \v 10 Na awɛmfo adan abiɛsa wɔ apuei pon no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛse yɛ pɛ na afasu ntiantia a etwitwa ntam no nso mu piw yɛ pɛ. \v 11 Afei osusuw abɔntenpon no ano kwan, na ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten mu nso yɛ anammɔn dunkron ne fa. \v 12 Awɛmfo adan no mu biara anim wɔ ɔfasu tiaa a ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn ne fa, na awɛmfo adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susuw anammɔn du ne fa. \v 13 Afei osusuw ɔpon no fi awɛmfo adan no mu baako fasu a ɛwɔ akyi no atifi kosii ɔdan a ɛne no di nhwɛanim no akyi fasu no atifi; na ɔkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. \v 14 Osusuw faa afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no nyinaa anim wɔ ɔpon kwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Nteɛmu no kosii ntwironoo a anim hwɛ adiwo hɔ no. \v 15 Ɔkwan a efi abɔntenpon abobow ano kosi ntwironoo no ti yɛ anammɔn aduɔson anum. \v 16 Awɛmfo adan ne afasu ntiantia a etwitwa wɔn ntam wɔ abɔntenpon kwan no mu no, na bammɔ mfɛnsere nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwironoo no mu te, na ne nyinaa buebue kɔ mu. Afasu ntiatia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no, wɔaduadua mmɛ wɔ anim fɛfɛɛfɛ. \s1 Adiwo A Ɛda Akyi No \p \v 17 Afei ɔde me baa adiwo a ɛda akyi hɔ no. Ɛhɔ na mihuu adan bi ne nsɛwee bi a ɛwɔ adiwo no fasu ase nyinaa; na adan no yɛ aduasa wɔ nsɛwee no ho. \v 18 Na nsɛwee no pem apon no nkyɛn mu, na na ɛtrɛw sɛnea apon no tenten te; eyi ne ase nsɛwee no. \v 19 Afei osusuw ɔkwan a efi ɔpon a ɛwɔ ase no anim kosii mfimfini adiwo no akyi; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum wɔ apuei ne atifi fam. \s1 Atifi Fam Pon No \p \v 20 Afei osusuw ɔpon a ani hwɛ atifi fam na epue mfikyiri adiwo no tenten ne ne trɛw. \v 21 Na awɛmfo adan a abiɛsa wɔ afaafa, afasu ntiaa a etwitwa wɔn ntam ne ntwironoo no afefare mu te sɛ ɔpon a edi kan no de. Ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. \v 22 Na ne mfɛnsere nketenkete ne ntwironoo ne mmedua a ɔde asiesie hɔ no no nsusuwii nyinaa te sɛ ɔpon a ani hwɛ apuei fam de no. Atrapoe na wɔforo de kɔ mu, atrapoe no ne ntwironoo no di nhwɛanim. \v 23 Na ɔpon bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adiwo a ɛne atifi fam pon no di nhwɛanim, sɛnea na ɛte wɔ apuei fam no. Osusuw fii ɔpon baako ano kosii nea ɛne no di nhwɛanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum. \s1 Anafo Fam Pon No \p \v 24 Afei odii mʼanim de me kɔɔ anafo fam, na mihuu ɔpon a ani hwɛ anafo fam no. Osusuw nʼadum ne ntwironoo na na nʼatenten te sɛ nkae no. \v 25 Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ntwironoo no ho nyinaa te sɛ mfɛnsere nketenkete a ɛwɔ nkae no ho no. Na ntwironoo no tenten yɛ anammɔn aduɔwɔtwe ason na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anan. \v 26 Na atrapoe nnidiso ason na wɔforo kɔ ɔpon no ano, na ntwironoo no ne no di nhwɛanim; na mmedua mfoni wɔ afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu. \v 27 Na mfimfini no adiwo nso wɔ ɔpon a ani hwɛ anafo fam, na osusuw ɔkwan a ɛda saa ɔpon yi ne abɔntenpon a ɛwɔ anafo fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum. \s2 Apon A Ɛkɔ Mfimfini Adiwo No \p \v 28 Afei ɔde me faa anafo fam pon no mu baa mfimfini adiwo hɔ. Osusuw anafo fam pon no; na ne tenten nyinaa te sɛ nea aka no. \v 29 Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no nsusuwii ne nea aka no yɛ pɛ. Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ne ntwironoo no ho nyinaa. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. \v 30 (Apon ntwironoo a atwa mfimfini adiwo no ho ahyia no mu biara tenten yɛ anammɔn aduasa ason ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa.) \v 31 Ne ntwironoo hwɛ afikyiri adiwo hɔ; nʼafadum ho wɔ mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ. \p \v 32 Afei, ɔde me baa mfimfini adiwo hɔ wɔ apuei fam na osusuw ɔpon no; na ne tenten ne nea aka no yɛ pɛ. \v 33 Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no tenten ne nea aka no yɛ pɛ. Na hɔ apon no ne ne ntwironoo nyinaa wowɔ mfɛnsere nketenkete. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. \v 34 Ne ntwironoo hwɛ mfimfini adiwo hɔ; nʼafadum ho wɔ mmedua mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ. \p \v 35 Afei ɔde me baa atifi fam pon no ano na osusuwii. Na ne tenten ne nea aka no yɛ pɛ, \v 36 saa ara na nʼawɛmfo adan, afasu ntiantia a etwitwa adan no ntam ne ne ntwironoo te sɛ nkae no, na mfɛnsere nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa. \v 37 Ne ntwironoo no ani kyerɛ mfikyiri adiwo hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ. \s2 Adan A Wosiesie Afɔrebɔde Wɔ Mu \p \v 38 Ɔdan bi a ɔpon da ano bɛn ntwironoo a ɛwowɔ apon a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho, hɔ na wɔhohoro ɔhyew afɔrebɔde ho. \v 39 Apon abien sisi abɔntenpon ntwironoo no mu, na so na wokunkum ɔhyew afɔre, bɔne afɔre ne afɔdi afɔre mmoa. \v 40 Apon abien sisi ntwironoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam pon no ano hɔ. \v 41 Ɛno nti na apon anan sisi ɔpon no afa abien no fa biara; ne nyinaa yɛ apon awotwe a so na wokum afɔrebɔ mmoa. \v 42 Na abo a wɔatwa no apon anan nso wɔ hɔ ma ɔhyew afɔrebɔde. Emu biara tenten yɛ anammɔn abien ne nkyɛmu anan mu baako, na ne trɛw nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn baako ne fa. Saa apon yi so na wɔde afoa ne nkuku a wɔde yɛ ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔde a aka no ho nneɛma gu. \v 43 Na kɔtɔkoro nta adinam a emu biara tenten yɛ nsateaakwaa abiɛsa sensɛn afasu no nyinaa ho. Apon no so na wɔde afɔrebɔ nam gu. \s2 Asɔfo No Adan \p \v 44 Mfimfini pon no akyi wɔ mfimfini adiwo no, na adan abien wɔ; baako bɛn atifi fam pon a ani hwɛ anafo fam, na baako nso bɛn anafo fam pon a ani kyerɛ atifi fam. \v 45 Ɔka kyerɛɛ me se, “Ɔdan a ɛwɔ anafo fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ asɔredan no so no dea, \v 46 Na ɔdan a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ afɔremuka no so no dea. Eyinom yɛ Sadok mmabarima a wɔn nko ara ne Lewifo a wotumi bɛn \nd Awurade\nd* na wɔsom wɔ nʼanim.” \v 47 Afei wosusuw adiwo no. Na ɛyɛ ahinanan a ɔfa biara tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum. Na afɔremuka no si asɔredan no anim. \s1 Asɔredan Foforo No \p \v 48 Afei ɔde me baa asɔredan no ntwironoo mu, na osusuw ntwironoo no afadum, na ɔfa biara trɛw yɛ anammɔn ason ne fa. Na abobow ano no trɛw yɛ anammɔn aduonu baako ne fa. Na afasu ntiaa a epuepue ho no trɛw yɛ anammɔn anan ne fa wɔ ɔfa biara. \v 49 Ntwironoo no trɛw yɛ anammɔn aduasa, na efi anim kosi akyi no yɛ anammɔn dunwɔtwe. Atrapoe ntoatoaso bi na wɔforo de kɔ hɔ. Na afadum sisi ntwironoo no fa biara. \c 41 \p \v 1 Ɔbarima no de me kɔɔ mfikyiri kronkronbea hɔ na osusuw afadum no; na ne trɛw yɛ anammɔn akron wɔ ne fa biara. \v 2 Abobow ano no trɛw yɛ anammɔn dunum, na afasu a epuepue wɔ afaanu no trɛw yɛ anammɔn ason ne fa. Afei osusuw mfikyiri kronkronbea a na ne tenten yɛ anammɔn aduosia na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. \p \v 3 Afei ɔkɔɔ mfimfini kronkronbea hɔ kosusuw nʼafadum a ɛwɔ nʼabobow ano no; biara trɛw yɛ anammɔn abiɛsa. Abobow ano no trɛw yɛ anammɔn akron, na afasu a epuepue afaanu no nso trɛw yɛ anammɔn du ne fa. \v 4 Na osusuw mfimfini kronkronbea no tenten; na ɛyɛ anammɔn aduasa na ne trɛw kosi mfikyiri kronkronbea no nso yɛ anammɔn aduasa. Ɔka kyerɛɛ me se, “Ɛha ne Kronkron Mu Kronkronbea.” \p \v 5 Osusuw asɔredan no fasu; na mu piw yɛ anammɔn akron, na adan a ɛwowɔ nkyɛn nkyɛn a atwa asɔredan no ho ahyia no mu biara trɛw yɛ anammɔn asia. \v 6 Wosisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan abiɛsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ ɔsan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi so no ntrantraa te sɛ apa a atwa asɔredan no fasu no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinaso ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no fasu no. \v 7 Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ ase. Asan abiɛsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, nea ɛwɔ soro biara trɛw sen nea ɛwɔ nʼase, ɛno nti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ nʼase. Atrapoe bi fi ɔsan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ ɔsan a ɛto so abiɛsa no so. \p \v 8 Mihuu bamma a atwa asɔredan no ho ahyia a ɛyɛ nkyɛnkyɛn adan no fapem. Na ne tenten yɛ anammɔn akron. \v 9 Nkyɛnkyɛn adan afasu a ɛwɔ akyi no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa. Ɔkwan a ɛda asɔredan no nkyɛnkyɛn adan no a atwa asɔredan no ho ahyia \v 10 ne asɔfo adan no ntam yɛ anammɔn aduasa. \v 11 Na apon deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɔkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafo fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɔkwan no so no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa. \p \v 12 Ɔdan a ani hwɛ asɔredan no adiwo wɔ atɔe fam no trɛw yɛ anammɔn ɔha ne anum. Ɔdan no fasu no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduasa anum. \p \v 13 Osusuw asɔredan no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, afei asɔredan no adiwo ne ɔdan no a nʼafasu ka ho no nso tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. \v 14 Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam, de besi asɔredan no anim yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. \p \v 15 Afei osusuw ɔdan a ani hwɛ adiwo a ɛwɔ asɔredan no akyi ne ho abrannaa a ɛwɔ ɔfa biara; na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. \p Mfikyiri kronkronbea, mfimfini kronkronbea ne ntwironoo a ani hwɛ adiwo, \v 16 ne abobow ano, mfɛnsere nketenkete ne mmrannaa a atwa abiɛsa yi ho ahyia, nea ɛka ho biara ne abobow ano na wɔde nnua aduradura ho. Ɛfam afasu no ho kɔka mfɛnsere no ano ne mfɛnsere no, na wɔde nnua aduradura ho. \v 17 Ɔkwan a ɛda ɔpon a ɛkɔ mfimfini kronkronbea no atifi ne afasu no ho nyinaa, mfimfini ne mfikyiri kronkrommea no ho nyinaa \v 18 na wɔasen kerubim ne mmedua. Mmedua no didi kerubim no akyi. Kerubim biara wɔ anim abien. \v 19 Onipa anim kyerɛ mmedua wɔ ɔfa baako na gyata anim kyerɛ mmedua no wɔ ɔfa baako a aka no. Na wosinsen tetaree asɔredan no ho nyinaa. \v 20 Efi fam de kosi ɔkwan a ɛda ɔpon no atifi ne afasu no ho nyinaa no na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse no fasu ho. \p \v 21 Na mfikyiri kronkronbea no wɔ apongua ahannan, na nea ɛwɔ Kronkron Mu Kronkron no anim no nso te saa ara. \v 22 Na afɔremuka a wɔde dua asen no ahinanan wɔ hɔ a ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa a ɔfa biara tenten yɛ anammɔn abiɛsa; wɔde dua na na ayɛ ne ntwea so, ne nnyinaso ne nʼafaafa no. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me se, “Saa ɔpon yi na esi \nd Awurade\nd* anim.” \v 23 Mfikyiri kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkron no nyinaa wowɔ apon a ɛyɛ afaanu. \v 24 Ɔpon biara wɔ mmuei abien a biara wɔ mpontare. \v 25 Na wɔasen kerubim ne mmedua atetare asa kɛse apon no ho te sɛnea wɔayɛ wɔ afasu no ho no, na wɔabɔ dua nkataso asensɛn ntwironoo no anim. \v 26 Na mfɛnsere hiahiaa wowɔ ntwironoo no afasu no afaafa a na wɔasen mmedua atetare ɔfa biara. Na nkyɛnkyɛn adan a ɛwɔ asɔredan no ho nso wowɔ dua nkataso. \c 42 \s1 Asɔfo Adan \p \v 1 Afei ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyiri adiwo hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adiwo no di nhwɛanim no mu, na ɛne atifi fam mfikyiri fasu no nso di nhwɛanim. \v 2 Ɔdan a ne pon kyerɛ atifi fam yi tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduɔson anum. \v 3 Adan a ɛne mfimfini adiwo no ntam kwan yɛ anammɔn aduasa ne adan a ɛne mfikyiri adiwo no kwan di nhwɛanim no, ɛso mmrannaa no kyerɛkyerɛ anim wɔ asan abiɛsa no mu biara so. \v 4 Adan no anim no na ɔkwan bi da a ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apon no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. \v 5 Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ soro no mu no susua, efisɛ na nʼabrannaa no mu trɛw sen mmrannaa a ɛwowɔ asan a edidi ase no. \v 6 Adan a ɛwɔ asan a ɛto so abiɛsa no nni afadum sɛnea asan a ɛwɔ ase no wɔ no; enti na mu susua sen adan a ɛwowɔ asan a edidi ase no. \v 7 Na ɔfasu bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyiri adiwo no sa so; na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum a ɛfa adan no anim. \v 8 Adan a ɛsa so na ɛtoa mfikyiri adiwo no so no tenten yɛ anammɔn aduɔson anum, nanso adan a ɛsa so a ɛbɛn kronkronbea no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. \v 9 Sɛ obi fi mfikyiri adiwo reba mu a, obehu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no abobow ano ani kyerɛ apuei fam. \v 10 Anafo fam, wɔ mfikyiri adiwo no fasu a ɛkɔ asɔredan no adiwo, na ɛne mfikyiri fasu no di nhwɛanim no ho, na adan bi wɔ hɔ a \v 11 ɔkwan bi da anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; nʼatenten ne ne trɛw yɛ pɛ, ho apon a wɔfa mu pue no atenten yɛ pɛ. Apon a ɛwɔ atifi fam no \v 12 nso sesɛ adan a ɛwɔ anafo fam apon no. Na ɔpon bi wɔ ɔkwan a ɛne ɔfasu a ɛkɔ apuei fam no sa so no ano, ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu. \p \v 13 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Atifi fam ne anafo fam adan a ani hwɛ asɔredan adiwo no yɛ asɔfo no dea, ɛhɔ na asɔfo a wɔkɔ \nd Awurade\nd* anim no bedi afɔrebɔde kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔde kronkron pa ara a ɛyɛ aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde ne afɔdi afɔrebɔde no begu, efisɛ beae no yɛ kronkron. \v 14 Sɛ asɔfo no kɔ beae kronkron hɔ a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo hɔ kosi sɛ wobeyiyi wɔn ɔsom ntade agu hɔ, efisɛ saa ntade no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade foforo bi ansa na wɔabɛn mmeaemmeae a ɔmanfo tumi kɔ hɔ no.” \p \v 15 Osusuw nea ɛwɔ asɔredan no mu wiee no, ɔde me faa apuei pon no ano puei, na osusuw asɔredan no hyiae. \v 16 Ɔde susudua no susuw apuei fam; na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. \v 17 Osusuw atifi fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. \v 18 Osusuw anafo fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. \v 19 Afei ɔdan nʼani hwɛɛ atɔe fam, na osusuwii no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. \v 20 Enti na nʼafefare mu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ ahinanan no nyinaa, de tew kronkronbea no ho fi kwasafo atenae no ho. \c 43 \s1 Anuonyam San Ba Asɔredan No Mu \p \v 1 Na ɔbarima no de me baa apuei fam pon no ano, \v 2 na mihuu Israel Nyankopɔn anuonyam sɛ apue wɔ apuei fam reba. Na ne nne te sɛ asuten a ɛreworo, na asase no so hyerɛnee wɔ nʼanuonyam no mu. \v 3 Anisoadehu a minyaa no te sɛnea minyaa no bere a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne nea minyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuw fam. \v 4 \nd Awurade\nd* anuonyam faa ɔpon a ani kyerɛ apuei fam no mu hyɛn asɔredan no mu. \v 5 Na honhom no pagyaw me de me baa mfimfini adiwo hɔ na \nd Awurade\nd* anuonyam hyɛɛ asɔredan no ma. \p \v 6 Bere a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa fi asɔredan no mu kyerɛ me. \v 7 Ɔkae se, “Onipa ba, ɛha ne mʼahengua sibea ne mʼanan ntiaso. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfo mu afebɔɔ. Israelfi rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn aguamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwowɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no ngu me din ho fi. \v 8 Bere a wɔmaa wɔn abobow ano bɛnee me, na wɔn apongua nso bɛnee me de a na ɔfasu na etwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeyɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno nti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuw mu. \v 9 Afei ma wonnyi wɔn aguamammɔ ne ahemfo no ahoni a wonni nkwa no mfi mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ. \p \v 10 “Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfo sɛnea asɔredan no te na wɔn ani nwu wɔ wɔn bɔne ho. Ma wonsusuw ne so a enni no ho mfoni ho, \v 11 na sɛ wɔn ani wu nea wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoe, apon a wɔfa mu pue ne nea wɔfa kɔ mu, ne mfoni nyinaa, ho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Kyerɛw saa nneɛma yi wɔ wɔn anim na wɔadi me ntotoe ne ne si no mfoni no so. \p \v 12 “Asɔredan no ho mmara ni: Asase a ɛda ho wɔ bepɔw no so nyinaa yɛ kronkron. Sɛɛ na asɔredan no ho mmara te. \s1 Afɔremuka \p \v 13 “Afɔremuka no nsusuwii na edidi so yi. Ne suka mu dɔ yɛ ɔnammɔn ne fa na ne trɛw nso saa ara, na anoano hiɛ a etwa ho hyia no nso trɛw bɛyɛ nsateaa akron. Na eyi nso ne afɔremuka no tenten: \v 14 Efi ne nnyinaso a esi suka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn abiɛsa, na mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛse no ntam yɛ anammɔn asia na apa no mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa. \v 15 Afɔremuka no wusiw tokuru no sorokɔ yɛ anammɔn asia a mmɛn anan a ano hwɛ soro tuatua ho. \v 16 Afɔremuka wusiw tokuru no yɛ ahinanan, na ɔfa biara yɛ anammɔn dunwɔtwe. \v 17 Afɔremuka no apa a ɛwɔ soro no nso yɛ ahinanan a afanan no mu biara yɛ anammɔn aduonu baako, na kaa a ɛyɛ nsateaa akron da apa no ano na suka a atwa ho ahyia yɛ ɔnammɔn ne fa. Atrapoe a ɛkɔ afɔremuka no so no ani hwɛ apuei fam.” \p \v 18 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Eyinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛe a wɔbɛfa so abɔ ɔhyew afɔre ne ɔkwan a, sɛ wosi afɔremuka no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho: \v 19 Ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ma asɔfo a wɔyɛ Lewifo na wofi Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no sɛ bɔne afɔrebɔde, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 20 Ɛsɛ sɛ wofa nantwi ba no mogya no bi na wode keka afɔremuka mmɛn anan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɔtwɔw so ne anoano kaa a atwa ho ahyia no ho na wɔanam so atew afɔremuka no ho de ayɛ mpata nso. \v 21 Ɛsɛ sɛ wofa bɔne afɔrebɔde nantwi no na wokɔhyew no wɔ asɔredan no ho faako a wɔayi ato hɔ, wɔ kronkronbea no akyi. \p \v 22 “Da a ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ wode ɔpapo a onni dɛm ma sɛ bɔne afɔrebɔde, na ɛsɛ sɛ wodwira afɔremuka no ho sɛnea wɔde nantwi no yɛe no. \v 23 Sɛ wowie ho dwira a, ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ne adwennini a wofi buw no mu a wonni dɛm bɛbɔ afɔre. \v 24 Ɛsɛ sɛ wode wɔn ba \nd Awurade\nd* anim, na asɔfo de nkyene pete wɔn so na wɔde bɔ ɔhyew afɔre ma \nd Awurade\nd*. \p \v 25 “Ɛsɛ sɛ wode ɔpapo ba sɛ bɔne afɔrebɔde nnanson; afei ɛsɛ sɛ wode nantwi ba ne adwennini a wofi buw mu na wonni dɛm nso ba. \v 26 Wɔbɛyɛ mpata ama afɔremuka no nnanson de atew ho; sɛɛ na wɔbɛyɛ de asi hɔ ama dwumadi no. \v 27 Saa nna yi akyi, efi da a ɛto so awotwe de rekɔ no, ɛsɛ sɛ asɔfo no de mo hyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde no ba afɔremuka no so. Afei megye mo ato mu, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni.” \c 44 \s1 Ɔhene No, Lewifo No, Asɔfo No \p \v 1 Afei ɔbarima no san de me baa kronkronbea no abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano, na wɔato mu. \v 2 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Ɛsɛ sɛ ɔpon a wɔato mu yi tena hɔ saa ara. Ɛnsɛ sɛ wobue. Obiara mfa hɔ nhyɛn mu. Ɛnsɛ sɛ wobue, efisɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn afa hɔ ahyɛn mu. \v 3 Ɔhene no ankasa nko ara na obetumi atena abɔntenpon no ano na wadidi wɔ \nd Awurade\nd* anim. Ɔno na otumi fa abɔntenpon no ntwironoo mu hyɛn mu, na ɔfa hɔ ara fi adi.” \p \v 4 Afei ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpon no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛe, na mihuu \nd Awurade\nd* anuonyam sɛ ahyɛ \nd Awurade\nd* asɔredan no ma, na mibutuw hɔ. \p \v 5 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ ade yiye, tie no yiye, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛe a ɛwɔ \nd Awurade\nd* asɔredan no ho nyinaa ho. Ma wʼani nku asɔredan no pon ne mmeae a wɔfa fi adi fi kronkronbea hɔ no nyinaa ho. \v 6 Ka kyerɛ Israelfo atuatewfo no se, ‘Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: Mo akyiwadeyɛ no adɔɔso. Israelfo! \v 7 Mo akyiwadeyɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafo a wɔyɛ koma mu ne honam fam momonotofo aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, bere a mode aduan, srade ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam no. \v 8 Sɛ mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronne ho no, momaa afoforo bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom. \v 9 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Ɔnanani a ɔyɛ koma mu ne honam fam momonoto biara nni kwan sɛ ɔhyɛn me kronkronbea hɔ, ananafo a wɔte Israelfo mu mpo nni kwan saa. \p \v 10 “ ‘Lewifo a wofii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri bere a Israel fom kwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho fii me ho kodii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. \v 11 Wobetumi asom wɔ me kronkronbea hɔ bere a wɔhwɛ asɔredan no apon so na wɔsom wɔ mu; wobetumi akum ɔhyew afɔrebɔde na wɔabɔ afɔre ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. \v 12 Nanso esiane sɛ wɔsom wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israelfo kɔɔ bɔne mu nti, mama me nsa so aka ntam se, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 13 Ɛnsɛ sɛ wɔbɛn me sɛ wɔrebɛsom me sɛ asɔfo anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronne mu biara anaa mʼafɔrebɔde kronkron; ɛsɛ sɛ wɔn akyiwade ahorow ho aniwu ka wɔn. \v 14 Nanso mede asɔredan no mu dwumadi bɛhyɛ wɔn nsa, ho som biara wɔnyɛ wɔ mu. \p \v 15 “ ‘Na mmom asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne Sadok asefo a wɔyɛɛ adwuma nokware wɔ me kronkronbea bere a Israelfo fom kwan no betumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wogyina mʼanim na wɔbrɛ me srade ne mogya afɔrebɔde, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 16 Wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔhyɛn me kronkronbea hɔ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wotwiw bɛn me pon, bɛsom wɔ mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma. \p \v 17 “ ‘Sɛ wowura apon a ɛkɔ mfimfini adiwo no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntade. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu ntade, bere a wɔresom wɔ apon a ɛkɔ mfimfini adiwo hɔ anaasɛ asɔredan no mu no. \v 18 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotiri na wɔhyehyɛ nwera ntade wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔafi fifiri. \v 19 Sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ woyi ntade a wɔhyɛ de somee no na wogyaw de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntade foforo, sɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn dwumadi ntade no nnwira nnipa no ho. \p \v 20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwaw anaasɛ wɔma wɔn tinwi fuw kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wobubu so fɛfɛɛfɛ. \v 21 Ɔsɔfo biara nnom bobesa bere a wahyɛn mfimfini adiwo hɔ. \v 22 Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafo anaa mmea awaregyaefo. Wotumi ware mmabun a wɔyɛ Israelfo asefo anaa akunafo a na anka wɔn kununom yɛ asɔfo. \v 23 Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfo nsonoe a ɛda ade a ɛyɛ kronkron ne ade a ɛyɛ kwasafo de ntam, na wɔmma wɔn nhu nea ɛma biribi yɛ ade a ho ntew anaasɛ ho tew. \p \v 24 “ ‘Akasakasa biara mu no, asɔfo na wɔbɛyɛ atemmufo agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wodi me mmara ne mʼahyɛde a ɛfa mʼafahyɛ ahorow no so, na wɔyɛ me homenna kronkron. \p \v 25 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne na, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabea a ɔnwaree; ne saa de, otumi kɔ ho de gu ne ho fi. \v 26 Na sɛ odwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson. \v 27 Da a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adiwo hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔre ma ne ho, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \p \v 28 “ ‘Me nko ara ne agyapade a asɔfo no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. \v 29 Wobedi aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde, afɔdi afɔrebɔde, na biribiara a wɔahyira so ama \nd Awurade\nd* wɔ Israel no bɛyɛ wɔn dea. \v 30 Mo nnuaba a edi kan no mu nea edi mu ne mo akyɛde sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfo no de. Ɛsɛ sɛ mode mo mmɔre a edi kan no ma wɔn na nhyira atena mo afi mu. \v 31 Ɛnsɛ sɛ asɔfo no we aboa biara a wawu nam; sɛ ɛyɛ anomaa anaa wuram aboa biara.’ ” \c 45 \s1 Asase No Mu Kyekyɛ \p \v 1 “ ‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapade a, ɛsɛ sɛ mode fa bi ma \nd Awurade\nd* sɛ ɔmantam kronkron a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahanum (37,500), na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem aduasa (30,000); saa beae no nyinaa bɛyɛ kronkron. \v 2 Wobegyaw asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum (750) ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum (75). \v 3 Munsusuw ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wobesi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no. \v 4 Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfo a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn \nd Awurade\nd*, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wobesisi wɔn afi na ayɛ beae kronkron ama kronkronbea no nso. \v 5 Asase a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000) bɛyɛ beae a wɔbɛkyekye nkurow ama Lewifo a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapade. \p \v 6 “ ‘Wobegyaw asase a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum (7,500) na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) a ɛtoa beae kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israelfi nyinaa de. \p \v 7 “ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no dabea bɔ hye. Ɛbɛtrɛw akɔ atɔe fam ne apuei fam akɔpem atɔe ne apuei ahye so, na ɛne mmusuakuw no mu baako asase abɔ hye wɔ atifi fam ne anafo fam. \v 8 Asase no bɛyɛ nʼagyapade wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfo so bio, na mmom wɔbɛma Israelfo kwan ama wɔafa asase no sɛnea wɔn mmusuakuw no te. \p \v 9 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Moadu akyiri pa ara. Israel mmapɔmma! Munnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛso na monyɛ nea ɛteɛ na eye. Munnyae me nkurɔfo nsase a mugyigyei no, Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \v 10 Ɛsɛ sɛ mode nsania ne asusude a ɛyɛ pɛ susuw ade. \v 11 Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe abien (182), na mode besusuw ade biara dodow; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyemu du. \v 12 Dwetɛ mpɔw na mode besusuw ade mu duru. Dwetɛ mpɔw baako bɛyɛ gram du abien, na dwetɛ mpɔw aduosia ayɛ gram ahanson aduonu (720). \s1 Afɔrebɔde Ne Nna Kronkron \p \v 13 “ ‘Akyɛde sononko a ɛsɛ wode ma ni: Awi kilogram abiɛsa ne atoko kilogram abien ne fa. \v 14 Ngo dodow a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita abien ne fa. \v 15 Afei wɔmfa nguankuw ahannu a wɔwɔ Israel adidibea a hɔ wɔ nsu no mu baako. Eyinom na wɔde bɛyɛ aduan afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde a ɛbɛyɛ mpata ama nnipa no, Otumfo \nd Awurade\nd* na ose. \v 16 Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔde ba. \v 17 Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛde sɛ ɔde afɔrebɔde a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔsram foforo afahyɛ, homenna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔde, ɔhyew ho afɔrebɔde, atoko afɔrebɔde, nsa afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde bɛba abɛyɛ nkabomde ama Israel. \p \v 18 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ. \v 19 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de bɔne afɔrebɔde no mogya no bi keka asɔredan no apongua, afɔremuka no apa a ɛwɔ soro no ntwea so anan no ne mfimfini adiwo no apongua ho. \v 20 Ɛsɛ sɛ woyɛ ade koro yi ara wɔ ɔsram no da a ɛto so ason de ma obiara a wanhyɛ da na ɔyɛɛ bɔne anaa nim a onnim nti ɔbɛyɛ bɔne, na wonam so de ayɛ mpata ama asɔredan no. \p \v 21 “ ‘Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no, ɛsɛ sɛ mudi Twam Afahyɛ a ɛyɛ aponto a wɔde nnanson na ɛyɛ no, saa bere no, mubedi brodo a mmɔkaw nni mu. \v 22 Saa da no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔre ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba. \v 23 Da biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini ason ne adwennini ason a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyew afɔrebɔde ma \nd Awurade\nd*, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔde. \v 24 Nea ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduan afɔrebɔde yɛ kɛntɛn baako (lita aduonu abien) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita aduonu abien) nso a ɛka Odwennini baako biara ho. Ngo lita anan nso ka kɛntɛn biara ho. \p \v 25 “ ‘Nnanson Afahyɛ a wofi ase wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔde, ɔhyew afɔrebɔde, aduan afɔrebɔde ne ngo. \c 46 \p \v 1 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Ɛsɛ sɛ wɔto mfimfini adiwo pon a ani hwɛ apuei no mu nnafua asia a wɔde yɛ adwuma, nanso Homeda ne Ɔsram Foforo da no de, ɛsɛ sɛ wɔma ano da hɔ. \v 2 Ɔhene no befi mfikyiri awura ɔpon no ntwironoo mu na wabegyina apongua no ho. Asɔfo no de ne hyew afɔrebɔde ne asomdwoe afɔrebɔde bɛbɔ afɔre. Ɔbɛsɔre wɔ ɔpon no abobow ano na wasan apue, nanso wɔrento ɔpon no mu kosi anwummere. \v 3 Homenna ne ɔsram foforo nna no, ɛsɛ sɛ asase no sofo sɔre wɔ \nd Awurade\nd* anim wɔ ɔpon no abobow ano. \v 4 Afɔrebɔde a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ \nd Awurade\nd* wɔ Homeda no yɛ nguantenmma asia ne Odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm. \v 5 Aduan afɔrebɔde a wɔde ka Odwennini no ho yɛ kilogram dunsia, na nea wɔde ka nguantenmma no ho yɛ nea ɛsɔ ani, na ɔde ngo lita anan ka aduan kilogram dunsia biara ho. \v 6 Ɔsram Foforo da no, ɔmfa nantwi ba a ɔyɛ onini, nguantenmma asia ne adwennini a wɔn mu biara nnii dɛm mmra. \v 7 Ɔmfa atoko kilogram dunsia nka nantwinini no ho ne adwennini no nso saa ara, na nguantenmma no de, ɔmfa atoko dodow a ɔpɛ sɛ ɔde ma. Ɔmfa ngo lita anan nka atoko kilogram dunsia biara ho mmra sɛ aduan afɔrebɔde. \v 8 Na sɛ ɔhene no rebɛhyɛn mu a, ɔmfa ɔpon no ntwironoo no mu, na ɛsɛ sɛ hɔ ara na ɔfa de fi adi. \p \v 9 “ ‘Na sɛ asase no sofo ba \nd Awurade\nd* anim apontonna no a, nea ɔbɛfa atifi pon no mu akɔ mu akɔsɔre no, ɔmfa anafo pon no mu mfi adi; saa ara na nea ɔfa anafo pon mu kɔ mu no nso mfa atifi pon no mu mfi adi. Ɛnsɛ sɛ obiara san fa ɔpon a ɔfaa mu hyɛn mu no mu fi adi. \v 10 Ɛsɛ sɛ ɔhene no fra wɔn mu; ɔne wɔn bɛba mu na ɔne wɔn afi adi. \p \v 11 “ ‘Afahyɛ ne apontonna no, aduan afɔrebɔde no nyɛ nantwinini baako ne atoko kilogram dunsia, adwennini ne atoko kilogram dunsia, na nguantenmma no de, atoko dodow a ɛsɔ ani na ɔde bɛka ho, na ngo lita anan ka atoko kilogram dunsia biara ho. \p \v 12 “ ‘Bere biara a ɔhene no befi ne pɛ mu abɔ afɔre ama \nd Awurade\nd* no, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa asomdwoe afɔre no, ɛsɛ sɛ wobue ɔpon a ɛkyerɛ apuei no ma no. Ɔbɛbɔ ne ɔhyew anaa nʼasomdwoe afɔre no sɛnea ɔyɛ no wɔ Homeda no. Afei obefi adi, na ɛno akyi no wɔbɛto ɔpon no mu. \p \v 13 “ ‘Da biara da, anɔpa biara, ɛsɛ sɛ wode oguamma a wadi afe na onni dɛm bɛbɔ ɔhyew afɔre ma \nd Awurade\nd*. \v 14 Anɔpa biara ɛsɛ sɛ wobɔ aduan afɔre a ɛyɛ atoko kilogram abiɛsa ne ngo lita baako ne fa a wɔde bɛfɔtɔw siam no. Aduan afɔre a wɔbɔ ma \nd Awurade\nd* yi yɛ nhyehyɛe a ɛbɛtena hɔ daa. \v 15 Ɛno nti wɔde oguamma ne atoko afɔrebɔde ne ngo no bɛma anɔpa biara sɛ daa ɔhyew afɔrebɔde. \p \v 16 “ ‘Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: Sɛ ɔhene no de nʼagyapade no mu bi kyɛ ne mmabarima no mu bi a, ɛbɛyɛ nʼasefo dea na ɛyɛ wɔn agyapade. \v 17 Nanso sɛ ɔde nʼagyapade no mu bi kyɛ nʼasomfo no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfo no dea kosi nʼahofadi afe. Ɛno akyi ɛbɛsan abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapade yɛ ne mmabarima nko ara dea. \v 18 Ɛnsɛ sɛ ɔhene no gye nnipa no agyapade biara, pam wɔn fi wɔn asase so. Ɛsɛ sɛ ɔma ne mmabarima agyapade fi ɔno ankasa ahode mu, sɛnea me nkurɔfo mu biara remfi nʼasase so.’ ” \p \v 19 Afei ɔbarima no de me faa ɔkwan a ɛda ɔpon no nkyɛn mu a ɛkɔ adan akronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, nea ɛyɛ asɔfo no dea no mu, na ɔkyerɛɛ me beae bi a ɛwɔ atɔe fam. \v 20 Ɔka kyerɛɛ me se: “Ɛha ne baabi a asɔfo no bɛnoa afɔdi afɔrebɔde ne bɔne afɔrebɔde na wɔato atoko afɔrebɔde, sɛnea wɔremfa mma mfikyiri adiwo hɔ mmedwira nkurɔfo no ho.” \p \v 21 Ɔde me baa adiwo a ɛwɔ afikyiri hɔ no na odii mʼanim de me kɔɔ ne ntwea anan no so, na mihuu adiwo foforo wɔ twea biara so. \v 22 Mfikyiri adiwo no ntwea so anan no mu biara wɔ adiwo a ɛhyɛ mu a ne tenten yɛ anammɔn aduosia na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anum; na saa adiwo yi nyinaa kɛse yɛ pɛ. \v 23 Afasu no mu biara anim no na wɔahyehyɛ abo de ase no ayɛ muka wɔ afaafa nyinaa. \v 24 Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne mukaase a wɔn a wɔsom wɔ asɔredan mu no bɛnoa nkurɔfo no afɔrebɔde.” \c 47 \s1 Asubɔnten A Ɛsen Fi Asɔredan No Ho \p \v 1 Ɔbarima no de me san baa asɔredan no kwan ano, na mihuu sɛ asu fi asɔredan no abobow ano ase a ɛsen kɔ apuei fam (na asɔredan no ani hwɛ apuei fam). Na asu no sen fii asɔredan no ase wɔ anafo fam; afɔremuka no anafo fam. \v 2 Ɔde me fii adi faa atifi fam pon no mu na ɔde me faa mfikyiri baa abɔntenpon a ani hwɛ apuei no, na na asu no sen fi anafo fam. \p \v 3 Bere a ɔbarima no rekɔ apuei fam a okura susuhama no, osusuw anammɔn apem ahannum (500,000), na afei ɔde me faa nsu a ɛdeda nan ase mu. \v 4 Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda kotodwe mu. Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na ɔde me faa nsu a ɛdeda sisi mu. \v 5 Osusuw anammɔn apem ahannum (500,000) bio na afei na asu no ayɛ asubɔnten a merentumi ntwa, efisɛ na mu dɔ nti, ɛsɛ sɛ woguare asubɔnten a obiara ntumi ntwa. \v 6 Obisaa me se, “Onipa ba wuhu eyi ana?” \p Afei ɔsan de me baa asubɔnten no konkɔn so. \v 7 Miduu hɔ no, mihuu nnua bebree wɔ asubɔnten no konkɔn abien no so. \v 8 Ɔka kyerɛɛ me se, “Saa asu yi sen kɔ apuei fam kɔbɔ Araba mu na hɔ na ɛbɔ po mu. Faako a ɛbɔ po mu hɔ no na nkyene nni asu no mu. \v 9 Baabiara a asu no sen fa no, abɔde a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ efisɛ saa asu no sen fa hɔ na ɛma nsu a ɛyɛ nkyenenkyene no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yiye wɔ baabiara a asu no sen fa. \v 10 Apopofo begyinagyina mpoano hɔ; efi En-Gedi kosi En-Eglaim, wobenya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahorow bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Po kɛse no mu. \v 11 Nanso dontori ne aforɔw no de, ɛbɛtena hɔ saa ara. Wobegyaw hɔ ama adan nkyene. \v 12 Nnuaba nnua ahorow benyin wɔ asubɔnten no konkɔn abien no so. Wɔn nhaban rempo, na wɔn abasow renni huammɔ. Wɔbɛsow aba ɔsram biara, efisɛ nsu a efi kronkronbea hɔ no sen kɔ hɔ. Wɔn aba bɛyɛ aduan na wɔde wɔn nhaban asa yare.” \s1 Asase No So Ahye \p \v 13 Sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se: “Ahye a wobɛtoto de akyekyɛ asase no mu ama Israel mmusuakuw dumien no sɛ agyapade a kyɛfa abien bɛyɛ Yosef dea no ni. \v 14 Wobɛkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ ama wɔn. Efisɛ memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom na saa asase yi bɛyɛ mo agyapade. \b \li4 \v 15 “Eyi na ɛbɛyɛ asase no hye: \b \li1 “Atifi fam hye no bɛfa Hetlon kwan so akofi Po kɛse no, atwa mu Lebo Hamat akɔ Sedad, \v 16 Berota ne Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hye no ntam), na atoa so akɔ Haser Hatikon a ɛno nso wɔ Hauran hye so. \v 17 Ɔhye no befi po no, afa Damasko atifi fam hye so akosi Hasar-Enan na Hamat hye no abɛda atifi fam. Eyi na ɛbɛyɛ atifi fam hye. \li1 \v 18 Apuei fam hye no befi Hauran ne Damasko ntam afa Yordan a ɛda Gilead ne Israel asase no ntam, atoa so afa apuei fam po no akosi Tamar. Eyi na ɛbɛyɛ apuei fam hye.” \li1 \v 19 Anafo fam hye no befi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, na atoa so afa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no. Eyi na ɛbɛyɛ anafo fam hye. \li1 \v 20 Atɔe fam no, Po Kɛse no bɛyɛ ɔhye akosi faako a ɛne Lebo Hamat di nhwɛanim. Eyi bɛyɛ atɔe fam hye. \b \p \v 21 “Monkyekyɛ asase yi mma mo ho mo ho, sɛnea Israel mmusuakuw no te. \v 22 Monkyekyɛ mu sɛ agyapade mma mo ho ne ahɔho a wɔte mo mu a wɔwɔ mma. Ɛsɛ sɛ mofa wɔn sɛ nnipa a wɔawo wɔn sɛ Israelfo te sɛ mo ara; ɛsɛ sɛ wonya kyɛfa wɔ Israel mmusuakuw no mu. \v 23 Abusuakuw biara a ɔhɔho bi bɛdɔm no, mu na ɛsɛ sɛ wɔma no nʼagyapade,” Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \c 48 \s1 Asase No Mu Kyekyɛ \li4 \v 1 “Mmusuakuw no din na edidi so yi: \b \li1 “Dan benya kyɛfa baako wɔ atifi hye so hɔ; ɛbɛfa Hetlon kwan so akɔ Lebo Hamat, Hasar-Enan ne Damasko atifi fam hye a edi Hamat so no bɛyɛ ɔhye a efi apuei fam kɔ atɔe fam no fa bi. \li1 \v 2 Aser benya kyɛfa baako; ɛne Dan kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam. \li1 \v 3 Naftali benya kyɛfa baako; ɛne Aser kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam. \li1 \v 4 Manase benya kyɛfa baako; ɛne Naftali kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam. \li1 \v 5 Efraim benya kyɛfa baako; ɛne Manase asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam. \li1 \v 6 Ruben benya kyɛfa baako; ɛne Efraim asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam. \li1 \v 7 Yuda benya kyɛfa baako; ɛne Ruben asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam. \b \p \v 8 “Yuda nsase no hye a efi apuei kosi atɔe no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛde sononko no bedi. Ne trɛw bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Na ne tenten, efi apuei kosi atɔe no ne mmusuakuw no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini. \p \v 9 “Kyɛfa sononko a wode bɛma \nd Awurade\nd* no tenten bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Na ne trɛw ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000). \v 10 Eyi bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfo no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) ne tenten mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ atɔe fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ apuei fam, na anafo fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Ne mfimfini bɛyɛ \nd Awurade\nd* kronkronbea. \v 11 Eyi bɛyɛ Sadokfo asɔfo a wɔayɛ wɔn kronkron no de, wɔn a wodii me nokware som me na wɔannan amfi me nkyɛn sɛnea Lewifo yɛe, bere a Israelfo dan fii me nkyɛn no. \v 12 Ɛbɛyɛ akyɛde sononko a efi asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifo asase no bɔ hye. \p \v 13 “Asɔfo no asase nkyɛn mu no, Lewifo no benya kyɛfa a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500), na ne trɛw yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tenten nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500), na ne trɛw nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000). \v 14 Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde mu fa biara sesa biribi. Asase no mu nea ɛyɛ papa ni na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ obi foforo nsam, efisɛ ɛyɛ kronkron ma \nd Awurade\nd*. \p \v 15 “Asase a aka a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum (7,500) na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufo. Wobesisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini \v 16 na ne kɛse bɛyɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) wɔ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam. \v 17 Kuropɔn yi mmoa adidibea no kɛse bɛyɛ anammɔn ahaasa aduɔson anum (375) wɔ nʼafanan biara. \v 18 Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tenten mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ nʼapuei fam ne nʼatɔe fam. So nnɔbae no na kuropɔn no mu adwumayɛfo bedi. \v 19 Kuropɔn no mu adwumayɛfo a wɔyɛ asase no so kua no bɛyɛ wɔn a wofi Israel mmusuakuw nyinaa no mu. \v 20 Asase no nyinaa bɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Wubeyi kyɛfa kronkron no ne kuropɔn no asase asi nkyɛn sɛ akyɛde sononko. \p \v 21 “Asase a aka a ɛdeda kyɛfa kronkron ne kuropɔn no asase ho no bɛyɛ ɔhene no dea. Efi apuei fam a esusuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) no, asase no bɛtrɛw akosi apuei fam hye so, na atɔe fam nso, ɛbɛtrɛw akosi atɔe fam hye so. Nsase abien a ɛne mmusuakuw asase no sa so no bɛyɛ ɔhene no dea, na kyɛfa kronkron a asɔredan no kronkronbea ka ho no bɛwɔ wɔn mfimfini. \v 22 Ɛno nti Lewifo no asase ne kuropɔn no asase bɛda ɔhene asase no mfimfini. Ɔhene no asase no bɛda Yuda ne Benyamin ahye no ntam. \b \li4 \v 23 “Mmusuakuw a aka no, \b \li1 “Benyamin benya kyɛfa baako; ebefi apuei fam akɔ atɔe fam. \li1 \v 24 Simeon benya kyɛfa baako, ɛne Benyamin asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam. \li1 \v 25 Isakar benya kyɛfa baako; ɛne Simeon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam. \li1 \v 26 Sebulon benya kyɛfa baako; ɛne Isakar asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam. \li1 \v 27 Gad benya kyɛfa baako; ɛne Sebulon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam. \li1 \v 28 Gad kyɛfa no hye a ɛda anafo fam no bɛkɔ anafo fam afi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no. \b \li4 \v 29 “Eyi ne asase a wobɛkyekyɛ ama Israel mmusuakuw no sɛ agyapade, na eyinom bɛyɛ wɔn kyɛfa,” Otumfo \nd Awurade\nd* asɛm ni. \s1 Kuropɔn No Apon \li4 \v 30 “Eyinom ne apon a wɔbɛfa mu apue afi kuropɔn no mu: \b \li1 “Efi ase wɔ atifi fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson ne aduonum (6,750) no, \v 31 wɔde Israel mmusuakuw dumien no din bɛtoto kuropɔn apon no. Apon abiɛsa a ɛwɔ atifi fam no bɛyɛ: Ruben pon, Yuda pon ne Lewi pon. \li1 \v 32 Apuei fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson ne aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan. \li1 \v 33 Anafo fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon. \li1 \v 34 Atɔe fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Gad, Aser ne Naftali. \b \li4 \v 35 “Ɔkwan a etwa kuropɔn no nyinaa ho hyia no tenten yɛ anammɔn mpem aduonu ason (27,000). \b \p “Na efi saa da no, wɔbɛfrɛ kuropɔn no se, ‘\nd Awurade Wɔ Hɔ\nd*.’ ”