\id EXO - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 2 Mose (Ɛksodɔs) \toc1 Mose Nhoma A Ɛto So Abien (Ɛksodɔs) \toc2 2 Mose \toc3 2 Mose \mt1 Mose Nhoma A Ɛto So Abien \mt4 Anaasɛ \mt3 Ɛksodɔs \c 1 \s1 Israelfo Wɔ Misraim \li4 \v 1 Yakob mma ne wɔn abusuafo a wɔne no tu kɔtenaa no din na edidi so yi. \b \li1 \v 2 Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda; \li1 \v 3 Isakar, Sebulon ne Benyamin; \li1 \v 4 Dan, Naftali; \li1 Gad ne Aser. \b \li4 \v 5 Yakob asefo a ɔne wɔn kɔe no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dedaw. \b \p \v 6 Yosef ne ne nuanom ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui, \v 7 nanso Israelfo no ase fɛee, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma. \p \v 8 Na ɔhene foforo bi bedii ade wɔ Misraim a na onnim Yosef ho asɛm. \v 9 Ɔka kyerɛɛ ne manfo no se, “Monhwɛ, Israelfo yi ase adɔ, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn. \v 10 Momma yɛmpɛ ɔkwan bi na yɛmfa so nsiw saa dɔ a wɔredɔ no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfo ne wɔn ako atia yɛn na wɔafi ɔman yi mu.” \p \v 11 Enti wɔde nkoa sohwɛfo gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwumaden de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao. \v 12 Nanso mpɛn dodow a Misraimfo no hyɛɛ wɔn so no, na dɔ ara na Israelfo no redɔɔso. Eyi maa Misraimfo no suroo Israelfo \v 13 na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfo no so ketee. \v 14 Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfo no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔte ho adwuma a ɛyɛ den ne mfum nnwuma ahorow. Eyinom nyinaa akyi no Misraimfo faa akwan bebree so daa atirimɔden adi kyerɛɛ Israelfo no. \p \v 15 Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifo awogyefo a wɔn din ne Sifra ne Pua se, \v 16 “Sɛ mukogye Hebrini biara awo, na awoe hɔ muhu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, munkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabea de a, monnyɛ no hwee.” \v 17 Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo no nti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so, maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenae. \v 18 Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanni mmara a mehyɛe no so na moama mmarimaa a Hebrifo no wowoo wɔn no atena?” \p \v 19 Wobuaa no se, “Hebrifo mmea no de ahoɔden wo ɔhare so nti yebedu hɔ no, na wɔawo dedaw. Wɔnte sɛ Misraimfo mmea no.” \p \v 20 Onyankopɔn hyiraa awogyefo no. Na Israelfo no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛse. \v 21 Esiane sɛ na awogyefo no yɛ nyamesurofo nti, Onyankopɔn dom wɔn mma. \p \v 22 Na Farao hyɛɛ mmara sɛ Hebrifo mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforo no, wɔntow wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmeawa a wɔbɛwo wɔn foforo no de, wɔntena hɔ. \c 2 \s1 Mose Awo \p \v 1 Na Lewini bi waree ɔbea bi fii Lewi abusuakuw mu. \v 2 Ɔbea no nyinsɛn woo abarimaa. Abofra no na huu sɛ ne ho yɛ fɛ yiye nti ɔde no siee fie asram abiɛsa. \v 3 Eduu bere bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yiye nti, ɔde mfea nwenee kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne ama faa ho sɛnea ɛbɛyɛ a, nsu rentumi nkɔ mu. Ɔde abofra no too mu de no kosii asu Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu. \v 4 Abofra no nuabea kogyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no. \p \v 5 Farao babea kɔɔ asu no mu sɛ ɔrekoguare. Bere a ɔne ne mmaawa nam asu no konkɔn so no, ohuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wuram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no. \v 6 Ɔde bae a obuee so no, ohuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhow. Ɔkae se, “Ɔyɛ Hebrifo yi bi ba.” \p \v 7 Abofra no nuabea a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babea no nkyɛn kobisaa no se, “Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo ana?” \p \v 8 Ɔhene babea no buae se, “Yiw.” Enti, abeawa no tuu mmirika kɔɔ fie kɔfrɛɛ abofra no na de no bae. \v 9 Ɔhene babea no ka kyerɛɛ no se, “Fa abofra no kɔ fie na kɔhwɛ no ma me na metua wo ho ka.” Enti ɔde no kɔɔ fie kɔhwɛɛ no. \v 10 Onyin kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babea no ma ogyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkae se, “Mɛto ne din Mose efisɛ miyii no fii nsu mu.” \s1 Mose Guan Kɔ Midian \p \v 11 Mose nyin no, da bi, ɔkɔsraa ne manfo Hebrifo no. Oduu hɔ no, ohuu sɛ ne manfo no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose huu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua. \v 12 Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha huu sɛ obiara nni hɔ no, okum Misraimni no tutuu nwea mu de no hyɛɛ hɔ. \v 13 Ade kyee no, ɔsan kɔɔ Hebrifo no nsrahwɛ. Oduu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Obisaa nea nʼasɛm nyɛ dɛ no se, “Dɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?” \p \v 14 Ɔbarima no nso bisaa no se, “Wufi he? Hena na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifo ne temmufo? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobekum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no?” Mose huu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, osuroe. \p \v 15 Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wonkum no. Nanso Mose guan kɔɔ Midian\f + \fr 2.15 \fr*\ft Na Midian yɛ Abraham mmabarima no mu baako (\+xt 1 Mose 25.2\+xt*). Na Midianfo no te Sinai atifi fam.\ft*\f* asase so. Da bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no, \v 16 Midian sɔfo mmabea baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛtow nsu de akɔma wɔn papa nguan. \v 17 Nanso nguanhwɛfo bi pampam mmeawa no. Mose begyee wɔn fii nguanhwɛfo no nsam maa mmeawa no nguan no nsu nomee. \p \v 18 Wɔsan koduu wɔn agya Reuel\f + \fr 2.18 \fr*\ft Reuel yɛ Yetro din foforo.\ft*\f* nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Ɛyɛɛ dɛn na nnɛ de, munyaa nsu maa nguan yi nom ntɛm sɛɛ?” \p \v 19 Wɔka kyerɛɛ wɔn agya se, “Misraimni bi na ogyee yɛn fii nguanhwɛfo no nsam. Ɔno ara na ɔtow nsu no maa yɛn nguan no nomee.” \p \v 20 Wɔn agya bisae se, “Na ɔwɔ he? Mugyaw no wɔ hɔ ana? Monkɔfrɛ no na ommedidi.” \p \v 21 Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyiri no, ɔne wɔn kɔtenae, maa Reuel de ne babea Sipora maa no aware. \v 22 Wɔwoo ɔbabarima maa Mose too no din Gersom, ase ne Ɔhɔho, efisɛ Mose kyerɛ ase se, “Meyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.” \p \v 23 Mfe bi akyi no, Misraimhene no wui. Na Israelfo no resi apini wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn. \v 24 Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kaee bɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefo bɛsan aba Kanaan asase so no. \v 25 Onyankopɔn hwɛ huu sɛ bere adu sɛ ogye wɔn. \c 3 \s1 Mose Ne Gyaframa No \p \v 1 Na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian sɔfo nguan. Ɔde nguan no wuraa sare no mu kɔɔ akyirikyiri koduu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw\f + \fr 3.1 \fr*\ft Onyankopɔn bepɔw yɛ Bepɔw Sinai.\ft*\f* no so. \v 2 Prɛko pɛ, na Awurade bɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose. Mose huu sɛ wura no redɛw nanso na ɛnhyew. \v 3 Enti Mose kae se, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwonwade yi ahu nea nti a wura no nhyew.” \p \v 4 Bere a Awurade huu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no fii wura no mu se, “Mose! Mose!” \p Mose gyee so se, “Me ni.” \p \v 5 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mmɛn me. Yi wo mpaboa na faako a wugyina no yɛ asase kronkron.” \v 6 Ɔtoaa so se, “Mene wʼagyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no.” Mose kataa nʼanim, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim. \p \v 7 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Mahu amanehunu a me manfo a wɔwɔ Misraim no wɔ mu no, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na minim wɔn ahohia. \v 8 Maba sɛ merebegye wɔn afi Misraimfo nsam na mayi wɔn afi Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa a ɛso bae so, asase a ɛwo ne nufusu wɔ so; asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so no so. \v 9 Mate Israelfo no su na mahu nya a Misraimfo di wɔn no. \v 10 Enti afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, na woakoyi me man Israel afi Misraim.” \p \v 11 Mose kae se, “Mene hena a ɛsɛ sɛ mekɔ Farao anim akoyi Israelfo afi Misraim asase so?” \p \v 12 Onyankopɔn buaa no se, “Mɛka wo ho. Adansede a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no ni. Sɛ wuyi nnipa no fi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so.” \p \v 13 Mose bisae se, “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka se wɔn agyanom Nyankopɔn na wasoma me na wobisa me se, ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuae bɛn na memfa mma wɔn?” \p \v 14 Obuaa Mose se, ka se, “Mene nea ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn se, ‘\nd Mene Nea Mene\nd* na wasoma me mo nkyɛn.’ ” \p \v 15 Onyankopɔn toaa so se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘\nd Awurade\nd* a ɔyɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.’ ” Eyi ne me din a wɔde bɛkae me daa fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so. \p \v 16 “Kɔ, frɛ Israelfo mpanyimfo na ka kyerɛ wɔn se, ‘\nd Awurade\nd*, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no daa ne ho adi kyerɛɛ me, kae se: Mawɛn mo na mahu nea wɔde ayɛ mo wɔ Misraim. \v 17 Mehyɛ bɔ sɛ meyi mo afi mo awerɛhow mu wɔ Misraim de mo akɔ asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so nnɛ yi a ɛwo ne nufusu wɔ so no so.’ \p \v 18 “Israelfo mpanyimfo betie wʼasɛm no. Na ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo no kɔ Misraimhene hɔ kɔka kyerɛ no se, ‘\nd Awurade\nd*, Hebrifo Nyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn se, yentu nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma no.’ \v 19 Nanso minim sɛ Misraimhene remma mo kwan da, gye sɛ nsa bi a ɛyɛ duru hyɛ no ketee. \v 20 Enti mɛteɛ me nsa na mede anwonwade ahorow a mɛyɛ wɔ wɔn mu no nyinaa atia wɔn. Ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ. \p \v 21 “Mɛma mo anim aba nyam wɔ Misraimfo no anim na wɔahyehyɛ akyɛde ama mo, na moankɔ no nsapan. \v 22 Ɔbea biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntama pa mfi nʼafipamfo ne ne fifo mmea nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ho. Saayɛ so na mobɛfa afow Misraimfo no.” \c 4 \s1 \nd Awurade\nd* Tumi Ho Nsɛnkyerɛnne \p \v 1 Na Mose buaa no se, “Sɛ wɔannye me anni anaa wɔantie asɛm a mɛka no, na wɔka se, ‘\nd Awurade\nd* nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ?’ ” \p \v 2 \nd Awurade\nd* bisaa no se, “Dɛn na wukura yi?” \p Obuae se, “Oguanhwɛfo pema.” \p \v 3 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Tow kyene fam.” \p Enti ɔtow kyenee fam ma ɛdan ɔwɔ. Mose guan fii aboa no ho. \v 4 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “So ɔwɔ no dua mu na kyere no!” Osoo ne dua mu kyeree no no, ɛsan dan pema no. \v 5 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Kɔyɛ saa na wobegye wo adi. Ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa.” \p \v 6 Afei, \nd Awurade\nd* kae se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu.” Mose de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata ayɛ ne nsa ho; ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma. \p \v 7 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no bio se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu bio.” Enti Mose san de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛnea ɛte kan no. \p \v 8 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wɔannye anwonwade a edi kan no anni a, wobegye nea ɛto so abien no adi. \v 9 Na sɛ nsɛnkyerɛnne abien yi akyi no wɔannye wo anni a, kɔsaw nsu fi Asubɔnten Nil mu na behwie gu asase wosee bi so na ɛbɛdan mogya.” \p \v 10 Nanso Mose srɛe se, “\nd Awurade\nd*, minnim kasa. Ebesi nnɛ anaa efi bere a wo ne me kasae mpo no, mʼano ntew.” \p \v 11 \nd Awurade\nd* bisaa no se, “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me \nd Awurade\nd* na meyɛe? Hena na ɔbɔ onipa ma otumi kasa anaa ɔmma no nkasa. Hena na ɔma no hu ade anaa ɔmma no nhu ade. Hena na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? \v 12 Afei kɔ, na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yiye, na mɛkyerɛ wo nea wobɛka nso.” \p \v 13 Nanso Mose kae se, “Awurade wʼakoa resrɛ wo, soma onipa foforo.” \p \v 14 \nd Awurade\nd* bo fuwii, enti ɔkaa se, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ, minim sɛ nʼano atew. Na hwɛ ɔno na ɔrebehyia wo no, na sɛ ohu wo a, nʼani begye. \v 15 Wobɛkasa akyerɛ no na woaka nsɛm ahyɛ nʼanom; mɛboa mo baanu no ama moakasa, na makyerɛ mo nea mobɛyɛ. \v 16 Ɔbɛyɛ wo kyeame wɔ ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Nyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda gua akyerɛ no. \v 17 Sɛ worekɔ a, fa wo pema no sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de ayɛ anwonwade a makyerɛ wo no.” \p \v 18 Mose kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ nʼase Yetro se, “Mɛsrɛ wo kwan na makɔ Misraim akɔsra mʼabusuafo akɔhwɛ sɛ wɔtete ase ana.” \p Yetro penee so se, “Kɔ. Mihyira wo kosɛkosɛ.” \p \v 19 Ansa na Mose rebefi Midian no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Nsuro sɛ wobɛsan akɔ Misraim, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.” \v 20 Enti Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfurum so sii mu sɛ ɔrekɔ Misraim. Na ɔfaa Onyankopɔn pema no kitae. \p \v 21 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ wudu Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwonwade a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mepirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no nkɔ. \v 22 Na ka kyerɛ no se, ‘\nd Awurade\nd* se, Israel yɛ mʼabakan \v 23 na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’ ” \p \v 24 Mose ne nʼabusuafo nam no, ade saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi dae. \nd Awurade\nd* daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ohunahunaa no sɛ obekum no. \v 25 Enti ne yere Sipora faa sekan de twaa ne babarima kumaa twetia tow kyenee Mose nan ase kae se, “Mogya ayeforokunu ne wo.” \v 26 Enti \nd Awurade\nd* gyaa Mose. (Na Sipora kae se, “Woyɛ mogya ayeforokunu,” a na ɔde rekyerɛ twetiatwa.) \p \v 27 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Aaron se, “Kɔ sare no so kohyia Mose.” Enti Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔw no so kohyiaa Mose few nʼafono. \v 28 Na Mose kaa nsɛm a \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no bere a ɔresoma no no ne anwonwade a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no nyinaa kyerɛɛ Aaron. \p \v 29 Mose ne Aaron hyiaa Israelfo mpanyimfo no nyinaa, \v 30 na Aaron kaa nsɛm a \nd Awurade\nd* aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ anwonwade no kyerɛɛ wɔn \v 31 ma wogye dii. Na wɔtee sɛ \nd Awurade\nd* dwen wɔn ho na wahu wɔn awerɛhowdi no, wobuu nkotodwe sɔree no. \c 5 \s1 Mose Ne Aaron Kɔ Farao Anim \p \v 1 Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ mpanyimfo no wiee no, wokohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Nea Israel Nyankopɔn se ni, ‘Ma me nkurɔfo mfi ha nkɔ sare so nkɔbɔ afahyɛgua kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ ” \p \v 2 Farao bisae se, “Hena ne \nd Awurade\nd* a ɛsɛ sɛ mitie no na mema Israelfo no kɔ? Minnim \nd Awurade\nd* biara enti meremma Israelfo no nkɔ.” \p \v 3 Na Aaron ne Mose tii mu se, “Hebri Nyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so kɔbɔ afɔre wɔ hɔ de ma \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa afoa ano na yebewuwu.” \p \v 4 Farao bisae se, “Mose ne Aaron, adɛn nti na morema nkurɔfo no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!” \v 5 Farao toaa so se, “Mprempren, saa nnipa no dɔɔso sen ɔmanfo no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔho no gyae adwumayɛ.” \p \v 6 Da no ara, Farao somaa nnipa ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfo no so no se, \v 7 “Mommma nnipa no sare a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkotwa sare no. \v 8 Na ntayaa dodow a wotwa no nso, monntew so baako koraa, efisɛ asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ wɔyɛ akwadwofo nti na wɔreka se wɔrekɔ sare so akɔbɔ wɔn \nd Awurade\nd* afɔre no. \v 9 Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankotie atosɛm biara.” \p \v 10 Enti adwumasohwɛfo ne wɔn akwankyerɛfo no ka kyerɛɛ Hebrifo no se, “Farao aka akyerɛ yɛn se yɛmmma mo sare bio. \v 11 Mo ara munkokyin nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a mutwa no, muntwa dodow saa ara.” \v 12 Enti Hebrifo no kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ sare no bi. \v 13 Adwumasohwɛfo no hyɛɛ wɔn atirimɔden so se, “Muntwa ntayaa dodow sɛnea na mutwa no.” \v 14 Na Misraimfo adwumasohwɛfo no kaa Hebrifo mpanyimfo a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfo no mmaa, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ muntwa no nnɛra ne nnɛ no nyinaa sɛnea na moyɛ kan no?” \p \v 15 Mpanyimfo yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Adɛn na woyɛ wo nkoa saa? \v 16 Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, ‘Montwa ntayaa!’ Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no.” \p \v 17 Nanso Farao buae se, “Munni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka se, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔre mma \nd Awurade\nd*.’ \v 18 Monsan nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo sare, nanso ntayaa dodow a mutwa no daa no, saa ara na mubetwa.” \p \v 19 Bere a wɔka kyerɛɛ Israelfo mpanyimfo a wodi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfo no se ɛsɛ sɛ wotwa ntayaa no dodow sɛnea wɔyɛ daa no, wohuu sɛ ahokyere aba. \v 20 Bere a wofi Farao anim bae a wohuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfi no ho no, \v 21 wɔka kyerɛɛ wɔn se, “\nd Awurade\nd* mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfo anya yɛn ho menasepɔw, na mode afoa ahyɛ wɔn nsa sɛ wonkunkum yɛn.” \p \v 22 Asɛm yi maa Mose kɔɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “\nd Awurade\nd*, adɛn nti na woma wo manfo brɛ saa? So eyi nti na wosomaa me? \v 23 Efi bere a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wunnyee wɔn wɔ ɔkwan biara so ɛ.” \c 6 \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.” \p \v 2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, “Mene \nd Awurade\nd* no. \v 3 Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfo. Nanso mammɔ me din sɛ \nd Awurade\nd* no ankyerɛ wɔn. \v 4 Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔho no bɛma wɔn ne wɔn asefo. \v 5 Bio, mate Israelfo apinisi ne nya a Misraimfo di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no. \p \v 6 “Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, \nd Awurade\nd*, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho. \v 7 Megye wɔn ato mu sɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn a wagye wɔn afi Misraimfo nsam no. \v 8 Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene \nd Awurade\nd* no.’ ” \p \v 9 Enti Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, esiane abawpa a efi ɔhyɛ ntraso nti. \p \v 10 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 11 “San kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfo no mfi ne man no mu nkɔ.” \p \v 12 Nanso Mose kae se, “Sɛ Israelfo no rentie me a, ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me, bere a mʼano ntewee yi?” \p \v 13 Afei, \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsan nkɔ Israelfo no ne Farao a ɔyɛ Misraimfo hene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim asase so nkɔ. \s1 Mose Ne Aaron Abusuabɔ \li4 \v 14 Nnipa a na wotuatua Israel mmusuakuw no ano no din na edidi so yi: \b \li1 Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmabarima yɛ: \li2 Hanok, Palu, Hesron, Karmi. \li4 Eyinom na wɔwoo Ruben asefo. \b \li1 \v 15 Simeon mmabarima: \li2 Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne na yɛ Kanaanni. \li4 Eyinom na wɔwoo Simeon asefo. \b \li1 \v 16 Lewi mmabarima: \li2 Gerson, Kohat, Merari \li4 Lewi dii mfe ɔha aduasa ason. \li2 \v 17 Gerson mmabarima: \li3 Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti. \li2 \v 18 Kohat mmabarima: \li3 Amram, Ishar, Hebron, Usiel. \li2 Kohat dii mfe ɔha aduasa abiɛsa. \li2 \v 19 Merari mmabarima: \li3 Mahli, Musi. \li4 Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din mpanyin mu no no yɛ Lewi abusuafo. \b \li1 \v 20 Amram waree nʼagya nuabea Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron. \li4 Amram dii mfe ɔha aduasa ason. \li1 \v 21 Ishar mmabarima: \li2 Kora, Nefeg, Sikri. \li1 \v 22 Usiel mmabarima: \li2 Misael, Elsafan, Sitri. \li1 \v 23 Aaron waree Aminadab babea Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabea. Wɔn mma din ni: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar. \b \li1 \v 24 Kora mmabarima: \li2 Asir, Elkana, Abiasaf \li4 Eyinom ne Kora asefo. \b \li1 \v 25 Aaron babarima Eleasar waree Putiel mmabea no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako. \b \li4 Nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne wɔn a na wotuatua Lewifo mmusuakuw no ano. \b \p \v 26 Saa Aaron ne Mose yi ara na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ wɔn se, “Munkoyi Israelfo nyinaa mfi Misraim asase so” no. \v 27 Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔkaa se ɔmma Israelfo no mfi Misraim no. \p \v 28 Da a \nd Awurade\nd* kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no, \v 29 ɔkae se, “Mene \nd Awurade\nd* no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim hempɔn no.” \p \v 30 Na Mose ka kyerɛɛ \nd Awurade\nd* bio se, “Mʼano ntewee yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?” \c 7 \p \v 1 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Mayɛ wo sɛ Onyankopɔn ama Farao na wo nua Aaron nso bɛyɛ wo diyifo. \v 2 Asɛm biara a mɛka akyerɛ wo no, ka kyerɛ Aaron, na ɔno nso nka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim. \v 3 Na mepirim Farao koma, na mayɛ anwonwade ahorow bebree wɔ Misraim \v 4 nanso ɔrentie mo. Na mɛfa atemmu a mu yɛ den so de me nsa ato Misraim so na mayi me nkurɔfo Israelfo no. \v 5 Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfo no a, wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no, na mayi me nkurɔfo no afi mu.” \p \v 6 Mose ne Aaron yɛɛ sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ wɔn no. \v 7 Bere a Mose ne Aaron kohyiaa Farao no, na Mose adi mfe aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfe aduɔwɔtwe abiɛsa. \s1 Mose Pema Dan Ɔwɔ \p \v 8 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, \v 9 “Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwonwade akyerɛ no ama wahu sɛ, nokware, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ obisa saa a, Aaron ntow ne pema no nkyene fam na ɛbɛdan ɔwɔ.” \p \v 10 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwonwade no sɛnea \nd Awurade\nd* akyerɛ wɔn no. Aaron tow ne pema no kyenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfo anim ma ɛdan ɔwɔ. \v 11 Farao nso frɛɛ nʼanyansafo ne ne nkonyaayifo a wɔwɔ Misraim ma wɔn nso bɛyɛɛ anwonwade koro no ara bi. \v 12 Wɔn nso pema tumi dan ɔwɔ. Nanso Aaron ɔwɔ no menee wɔn de no. \v 13 Farao kɔɔ so yɛɛ komaden a na ɔmpɛ sɛ otie asɛm a \nd Awurade\nd* kae no. \s1 Nsu Dan Mogya \p \v 14 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Farao apirim ne koma nti, ɔbɛkɔ so asiw nnipa no kwan sɛ ɔremma wɔnkɔ. \v 15 Nanso \nd Awurade\nd* kae se: San kɔ Farao\f + \fr 7.15 \fr*\ft Na Farao taa kɔbɔ mpae wɔ Nil (anyame agya) nyame so. Sɛ woka Nil a sɛ enni hɔ a anka Misraim bɛyɛ nweatam no a, na woaka Misraim honhom.\ft*\f* nkyɛn anɔpa a ɔrekɔ asubɔnten no mu. Kogyina asu no konkɔn so na hyia no wɔ hɔ a wukura wo pema a ɛdan ɔwɔ no. \v 16 Ka kyerɛ no se, ‘\nd Awurade\nd*, Hebrifo Nyankopɔn asan asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ sare so. Woayɛ asoɔden. \v 17 Afei, \nd Awurade\nd* se: Wubehu sɛ mene \nd Awurade\nd* no. Efisɛ maka akyerɛ Mose sɛ ɔmfa ne pema no mmɔ Nil asu no mu na nsu no bɛdan mogya. \v 18 Mpataa a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bewuwu ama nsu no abɔn a Misraimfo no rentumi nnom.’ ” \p \v 19 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne pema no nkyerɛ nsu a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔnten, wɔn nsuwa, wɔn atare ne wɔn nsu a ɛtaataa hɔ ne nsu a ɛwɔ afi mu nyinaa so na ɛbɛdan mogya.” \p \v 20 Mose ne Aaron yɛɛ sɛnea Awurade ahyɛ wɔn no. Bere a Farao ne ne mpanyimfo gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn no, Aaron de pema no bɔɔ Nil ani maa asubɔnten no dan mogya. \v 21 Mpataa a wɔwɔ mu nyinaa wuwu maa nsu no bɔnee, enti na Misraimfo no ntumi nnom. Misraim asase so nyinaa dan mogya. \p \v 22 Nkonyaayifo a wɔwɔ Misraim nso nam wɔn nkonyaayi so maa nsu dan mogya, nti Farao kɔɔ so pirim ne koma a na ontie asɛm a \nd Awurade\nd* aka akyerɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ no no. \v 23 Ɔsan kɔɔ nʼahemfi a hwee ampusuw no. \v 24 Misraimfo no tutuu mmura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛnea wobenya nsu anom, efisɛ na wontumi nnom asubɔnten no mu nsu. \p \v 25 Asubɔnten a ɛdan mogya no dii nnaawɔtwe. \c 8 \s1 Mpɔtorɔ Pii Ba \p \v 1 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no se, ‘\nd Awurade\nd* se, Ma me nkurɔfo no kwan na wɔnkɔsom me. \v 2 Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma. \v 3 Mpɔtorɔ bɛhyɛ Asubɔnten Nil ma. Wɔbɛba wʼahemfi, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforo akɔ mo mpa so, mo nkurɔfo ne mpanyimfo afi mu, ne mo fononoo ne nea mode fɔtɔw asikresiam nyinaa amaama. \v 4 Mpɔtorɔ no bɛba mo nkurɔfo ne mpanyimfo nyinaa so.’ ” \p \v 5 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa pema no nkyerɛ nsubɔnten, nsuwa ne atare a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bebu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.” \p \v 6 Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Misraim nsu so maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ. \v 7 Nanso nkonyaayifo no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so. \p \v 8 Afei, Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsrɛ \nd Awurade\nd* na onyi mpɔtorɔ no mfi asase yi so, na mɛma mo nkurɔfo no kwan na wɔakɔbɔ no afɔre.” \p \v 9 Mose nso ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ me bere ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpae ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ bere a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.” \p \v 10 Farao kae se, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.” \p Mose buae se, “Mate, ɛbɛba mu sɛnea woaka no na ama woahu sɛ obiara nni hɔ sɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, no nko ara. \v 11 Mpɔtorɔ no nyinaa bewuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.” \p \v 12 Mose ne Aaron fii Farao anim kɔe. Mose kɔsrɛɛ \nd Awurade\nd* sɛ onyi mpɔtorɔ a ɔde wɔn abegu Farao so no. \v 13 \nd Awurade\nd* tiee Mose nkotosrɛ no. Mpɔtorɔ wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afi mu ma tɔ. \v 14 Wɔboaboaa mpɔtorɔ a wɔawuwu no ano akuw akɛseakɛse maa ɔman no mu bɔn yiye. \v 15 Nanso Farao huu sɛ mpɔtorɔ no kɔ no, ɔsan pirim ne koma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛnea \nd Awurade\nd* aka ato hɔ no. \s1 Mfutuma Dan Ntontom \p \v 16 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Teɛ wo pema no bɔ fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.’ ” \v 17 Mose ne Aaron yɛɛ nea \nd Awurade\nd* hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ. Misraim mfutuma nyinaa dan ntontom. \v 18 Nkonyaayifo no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn anyankamade yɛ saa ara, nanso wɔantumi. \v 19 Nkonyaayifo no kyerɛɛ Farao se, “Eyi de Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso Farao pirim ne koma enti wantie wɔn sɛnea \nd Awurade\nd* aka ato hɔ no. \s1 Nwansena Ba Manyamanya \p \v 20 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre anɔpatutuutu kohyia Farao bere a ɔrekɔ asubɔnten no mu no na, ka akyerɛ no se, ‘\nd Awurade\nd* se: Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me. \v 21 Na sɛ woamma me nkurɔfo ankɔ a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afi mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya. \p \v 22 “ ‘Na nsonoe kɛse bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfo no te so no ntam, efisɛ nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahu sɛ, me \nd Awurade\nd* mewɔ asase yi so. \v 23 Na mɛma wo nkurɔfo ho ada nsow afi me nkurɔfo ho. Saa nsɛnkyerɛnne yi besi ɔkyena.’ ” \p \v 24 \nd Awurade\nd* yɛɛ nea ɔkae no, enti nwansena bebu faa ɔman no so maa bi kɔhyɛɛ Farao ahemfi ne Misraim afi nyinaa mu amaama. \p \v 25 Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔbɔ afɔre mma mo Nyankopɔn wɔ ɔman yi ara mu.” \p \v 26 Nanso Mose kae se, “Saa de, ɛrenyɛ ye. Yɛn afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn no yɛ Misraimfo no ani so akyiwade, so wɔrensiw yɛn abo ana? \v 27 Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so, na yɛkɔbɔ afɔre ma \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛ yɛn no.” \p \v 28 Farao kae se, “Mɛma mo kwan akɔ sare so akɔbɔ afɔre, na mmom, monnkɔ akyiri. Afei, mommɔ mpae mma me.” \p \v 29 Mose buae se, “Sɛ mifi ha pɛ a, mɛbɔ \nd Awurade\nd* mpae na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre afi wo, wo mpanyimfo ne wo nkurɔfo so. Nanso Farao nhwɛ yiye sɛ ɔrennaadaa bio a ɔremma nnipa no nkɔ nkɔbɔ afɔre mma \nd Awurade\nd*.” \p \v 30 Enti Mose fii Farao nkyɛn kɔbɔɔ \nd Awurade\nd* mpae, \v 31 na \nd Awurade\nd* yɛɛ Mose abisade no. Nwansena no nyinaa ase tɔre fii Farao ne ne mpanyimfo so; anka ɔbaako mpo. \v 32 Nanso Farao san pirim ne koma a wamma nnipa no ankɔ. \c 9 \s1 Nyɛmmoa Wu \p \v 1 \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea \nd Awurade\nd* a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se ni,’ Ma me nkurɔfo no nkɔ na wɔatumi abɔ afɔre ama me.” \v 2 Sɛ wampene amma wɔn ankɔ a, \v 3 Onyankopɔn nsa de ɔyaredɔm bɛba abekum mo apɔnkɔ, mo mfurum, mo yoma, mo anantwi, mo nguan ne mo mmirekyi nyinaa. \v 4 Nanso \nd Awurade\nd* de nsonoe bɛto Israelfo mmoa ne Misraimfo mmoa ntam. Israelfo mmoa de, ɔbaako mpo renwu. \p \v 5 \nd Awurade\nd* ahyɛ bere pɔtee na ɔkae se, Ɔkyena, \nd Awurade\nd* bɛyɛ eyi wɔ asase no so. \v 6 Na ade kyee no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no wuwui, nanso Israelfo no ayɛmmoa baako mpo koraa anwu. \v 7 Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa ana. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ se Israelfo nyɛmmoa baako mpo koraa anwu, nanso nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ. \p \v 8 Enti \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Monkɔsaw nso mfi fononoo mu, na Mose ntow mpete wim wɔ Farao anim. \v 9 Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfutuma ama mpɔmpɔnini abobɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.” \p \v 10 Enti wɔkɔsaw nso fii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔnini bobɔɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa. \v 11 Ɛbaa saa no, nkonyaayifo no antumi ne Mose anni asi, efisɛ na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa. \v 12 Nanso Farao pirim ne koma ara, enti wantie asɛm a \nd Awurade\nd* nam Mose so ka kyerɛɛ no no. \s1 Mparuwbo \p \v 13 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no se, Hebrifo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn no se, Ma me nkurɔfo nkɔsom me, \v 14 anyɛ saa a, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfo ne Misraimfo nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho. \v 15 Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bekum mo nyinaa. \v 16 Nanso manyɛ no saa, efisɛ na mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo ne asase sofo nyinaa. \v 17 Woayɛ kyenkyenee wɔ me nkurɔfo so a ɛno nti, womma wɔnkɔ. \v 18 Ɔkyena saa bere yi ara mu, mɛma mparuwbo a ano yɛ den a bi ntɔɔ Misraimman mu da atɔ. \v 19 Ntɛm! Monka mo anantwi a mode wɔn kɔ adidi no mmra fie. Efisɛ mparuwbo no bekum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wuram no nyinaa.” \p \v 20 Misraimfo a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwi ne wɔn asomfo nyinaa baa fie. \v 21 Na wɔn a wɔammu \nd Awurade\nd* asɛm a ɔkae no gyaw wɔn anantwi ne wɔn asomfo wɔ wuram maa mparuwbo no kaa wɔn. \p \v 22 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na ma mparuwbo no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraim nyinaa so.” \v 23 Enti Mose de ne nsa kyerɛɛ wim maa \nd Awurade\nd* maa anyinam ne aprannaa twitwae. \v 24 Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yiye. Efisɛ efi Misraim abɔse de kosi saa bere no, na aprannaa mmobɔɔ saa da. \v 25 Misraimman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wuram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwui. Nnua nso bubu maa nnɔbae sɛesɛee. \v 26 Faako a mparuwbo no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfo no te hɔ no. \p \v 27 Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, mahu me mfomso. \nd Awurade\nd* di bem na me ne me nkurɔfo ayɛ bɔne ama atra so. \v 28 Monsrɛ \nd Awurade\nd* mma me, na ɔmma aprannaa ne mparuwbo dodow yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.” \p \v 29 Mose kae se, “Sɛ mifi kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ \nd Awurade\nd* mpae na aprannaa no ne mparuwbo no agyae. Eyi bɛma mo ahu sɛ \nd Awurade\nd* na asase nyinaa hyɛ ne nsa. \v 30 Nanso minim yiye sɛ wo ne wo mpanyimfo de, eyinom nyinaa akyi no, mubepirim mo koma.” \p \v 31 Aprannaa no sɛee wɔn awi ne wɔn asaawa a na ɛresow aba no nyinaa. \v 32 Nanso atoko ne aburow de, ansɛe, efisɛ na emfifii ɛ. \p \v 33 Enti Mose fii Farao anim wɔ kurow no mu maa ne nsa so kyerɛɛ \nd Awurade\nd* maa aprannaa no ne mparuwbo no ne osu no gyaee tɔ. \v 34 Farao ne ne mpanyimfo huu sɛ biribiara ayɛ yiye wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn koma yɛɛ bɔne de buu bɔ a wɔhyɛɛ \nd Awurade\nd* no so. \v 35 Enti Farao amma nkurɔfo no ankɔ sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no. \c 10 \s1 Mmoadabidɔm Haw \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn efisɛ mapirim ɔne ne mpanyimfo nyinaa koma sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ me nsɛnkyerɛnne ahorow yi wɔ wɔn mu \v 2 na ɛnam so ama woatumi aka anwonwade a mayɛ wɔ Misraim asase so no akyerɛ wo mma ne wo nenanom, sɛnea me ne Misraimfo no dii no nwenweenwen ne sɛnea meyɛɛ nsɛnkyerɛnne ahorow wɔ wɔn mu no, na ama woahu sɛ mene \nd Awurade\nd* no.” \p \v 3 Enti Mose ne Aaron kohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “\nd Awurade\nd* a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se mimmisa wo se, ‘Enkosi da bɛn na wubebu me animtiaa? Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me. \v 4 Sɛ woamma wɔn ankɔ a, ɔkyena nko ara mɛma mmoadabi aba wo man yi mu. \v 5 Wɔbɛkata asase no ani nyinaa. Na wɔbɛwe biribiara a ɛkae a mparuwbo a ɛtɔe no ansɛe no no nyinaa a wuram nnua nyinaa ka ho. \v 6 Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfi hɔ, wo mpanyimfo afi mu ne Misraimfo afi nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, efi bere a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de besi nnɛ no, bi nsii saa da.’ ” Na Mose fii Farao anim kɔe. \p \v 7 Farao mpanyimfo bisaa no se, “Enkosi da bɛn na saa ɔbarima yi bɛyɛ yɛn konnua? Wunhuu sɛ Misraim nyinaa adan amamfo? Ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn no!” \p \v 8 Enti wɔsan de Mose ne Aaron baa Farao anim. Farao kae se, “Eye, monkɔsom \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. Na ɛhefo na mo ne wɔn bɛkɔ?” \p \v 9 Mose buaa Farao se, “Yɛde mmofra ne mpanyin, yɛn mmabarima, yɛn mmabea, yɛn nguan ne yɛn anantwi na ɛbɛkɔ. Yɛde yɛn agyapade nyinaa na ebetu saa kwan no, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ \nd Awurade\nd* afahyɛ no.” \p \v 10 Farao de abufuw buae se, “Sɛ mɛma mode mmofra nketewa yi akɔ a, ɛno de, \nd Awurade\nd* ankasa nka mo ho. Mahu sɛ mowɔ adwemmɔne. \v 11 Ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Mo mmarima no, monkɔsom \nd Awurade\nd*, efisɛ ɛno na mobisaa me.” Farao pam wɔn fii nʼahemfi hɔ. \p \v 12 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa wɔ Misraim so na mmoadabi mmɛkata asase no nyinaa so, na wonni biribiara a mparuwbo no ansɛe no no.” \p \v 13 Enti Mose maa ne pema so kyerɛɛ Misraim asase so maa \nd Awurade\nd* bɔɔ mframa bi fii apuei fam awia ne anadwo. Ade kyee no, na apuei mframa no de mmoadabi no abegu asase no so nyinaa. \v 14 Mmoadabi no kataa Misraim asase no so mmaa nyinaa. Misraim abakɔsɛm kyerɛ se, mmoadabi mmaa ɔman no mu saa da na bi nso remma saa bio. \v 15 Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wosiw owia ani enti wɔmaa sum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a mparuwbo no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahabammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifide a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no. \p \v 16 Ntɛm pa ara Farao tuu abɔfo kɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ bɔne atia \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ne mo nyinaa. \v 17 Afei, momfa me bɔne nkyɛ me bio na monsrɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, sɛ onyi owu yi mfi yɛn so.” \p \v 18 Enti Mose fii Farao anim kɔsrɛɛ \nd Awurade\nd*. \v 19 \nd Awurade\nd* bɔɔ atɔe fam mframa dennen bi ma epiaa mmoadabi no nyinaa koguu Po Kɔkɔɔ no mu, a anka ɔbaako pɛ koraa wɔ Misraim asase no so. \v 20 Nanso \nd Awurade\nd* pirim Farao koma nti wamma Israelfo no ankɔ. \s1 Sum Kabii Duru \p \v 21 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro mma sum kabii mmeduru Misraim asase so.” \v 22 Enti Mose teɛɛ ne nsa hwɛɛ soro maa sum kabii beduruu Misraim asase no so nnansa. \v 23 Sum no duruu saa no, na obiara nhu hwee na wontumi ntu wɔn anan nso nnansa. Nanso Israelfo no de, na nea wɔte hɔ yɛ hann. \p \v 24 Farao frɛɛ Mose ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔsom \nd Awurade\nd*. Wubetumi de wo mma aka wo ho akɔ; nanso wo nguan ne wʼanantwi no de, ma wɔnka ha.” \p \v 25 Nanso Mose buae se, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nguan ne yɛn anantwi kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyew afɔre ma \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn. \v 26 Aboa tɔte koraa yɛrennyaw wɔ ha; ɛsɛ sɛ yɛbɔ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn no afɔre. Yennim nea ɔbɛpɛ gye sɛ yedu hɔ.” \p \v 27 Nanso \nd Awurade\nd* pirim Farao koma nti wamma wɔn ankɔ. \v 28 Farao teɛteɛɛ Mose se, “Fi mʼani so kɔ! Mɛhwɛ sɛ woremma mʼanim bio! Da a wubehu mʼanim no, wubewu.” \p \v 29 Mose buae se, “Meremma wʼanim bio sɛnea woreka no pɛpɛɛpɛ.” \c 11 \s1 Misraimfo Mmakan Wu Ho Kɔkɔbɔ \p \v 1 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Mɛma ɔhaw a etwa to aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ. Nokware, ne ho bɛpere no sɛ mubefi ne ho ama ɔno ara apam mo afi ɔman no mu. \v 2 Monka nkyerɛ Israelfo mmarima ne mmaa nyinaa se wɔnsrɛ wɔn amannifo Misraimfo no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinne.” \v 3 \nd Awurade\nd* maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛse a na Farao mpanyimfo ne Misraimfo no bu no yiye wɔ ɔman no mu. \p \v 4 Mose bɔɔ Farao amanneɛ se, “Nea \nd Awurade\nd* se ni, ‘Anadwo nnɔndumien metwa mu wɔ Misraim asase so. \v 5 Na Misraim fi biara mu ɔbabarima panyin bewu. Efi Farao babarima panyin so, ne dehye a obedi nʼade, ne somfo mu somfo kumaa koraa ba panyin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bewuwu. \v 6 Na owu no ho agyaadwotwa bedu Misraim asase so nyinaa. Awerɛhow a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na bi nso remma da bio. \v 7 Na Israelfo mu de, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔw.’ Na ɛbɛma woahu sɛ, \nd Awurade\nd* de nsonoe ato Misraimfo ne Israelfo ntam! \v 8 Wo mpanyimfo yi nyinaa betu mmirika, adi mʼakyi, akotow asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, fi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfo nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuwhyew fii ahemfi hɔ kɔe. \p \v 9 Na \nd Awurade\nd* aka akyerɛ Mose se, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na megyina ayɛ anwonwade de ada me tumi adi.” \v 10 Ɛwɔ mu sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwonwade no nyinaa wɔ Farao anim de, nanso \nd Awurade\nd* pirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no mfi asase no so nkɔ. \c 12 \s1 Twam Afahyɛ Mfiase \p \v 1 Bere a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ wɔn se, \v 2 “Efi nnɛ rekɔ, ɔsram\f + \fr 12.2 \fr*\ft Na ɛyɛ Abib sram, Ɔbɛnem ne Oforisuo ntam.\ft*\f* yi bɛyɛ ɔsram a edi kan wɔ Yudafo asranna so. \v 3 Ka kyerɛ Israelfo nyinaa se, saa ɔsram yi da a ɛto so du no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ oguamma baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ ofi biara nya oguamma no baako. \v 4 Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe oguamma no a, wotumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpɔtam hɔ a wɔn nso sua kyɛ oguamma no. Aboa no kyɛ wɔ saa kwan no so no gyina abusua no kɛse ne nam dodow a wobetumi awe so. \v 5 Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ oguan anaa abirekyi a onnii dɛm. \v 6 Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yiye nkosi ɔsram a edii kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nguantenmma no ɔdasu mu. \v 7 Wɔmfa wɔn mogya nsra ofi biara apongua ho. Oguamma a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛde yi. \v 8 Anadwo no ara, obiara bɛwe aboa a wɔatoto no no nam no bi. Wɔmfa brodo a wɔamfa mmɔkaw anyɛ ne awɔnwen na enni. \v 9 Wɔnnnoa nam no na wɔnnwe no amono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti, nʼanan ne nʼayamde nyinaa ka ho. \v 10 Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, nea ɛbɛka no, sɛ ade kye so a, monnnwe na mmom monhyew no. \v 11 Sɛnea monwe nam no ni: monwe wɔ bere a mo ntade a mode tu kwan hyehyɛ mo. Munsiesie mo ho mma ɔkwan tententwa. Monhyɛ mo mpaboa na momfa mo pema nkurakura. Monwe no ntɛmntɛm. Saa nneyɛe yi, wɔbɛfrɛ no \nd Awurade\nd* Twam Afahyɛ. \p \v 12 “Na metwa mu afa Misraim asase so anadwo yi na mmabarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mekum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, efisɛ mene \nd Awurade\nd*! \v 13 Mogya a mode bɛyɛ apongua no ho no bɛyɛ agyiraehyɛde, enti sɛ mihu mogya no a, metwa mu akɔ, na sɛ merekunkum Misraim mmakan a, merenkum mo de bi. \p \v 14 “Eyi yɛ da a ɛsɛ sɛ mudi; na awo ntoatoaso a ɛbɛba no bedi no sɛ afahyɛ ama \nd Awurade\nd*. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa. \v 15 Nnanson no mu, munni brodo a wɔmfaa mmɔkaw mfrae nko ara. Afahyɛ no da a edi kan no, munyiyi mmɔkaw biara mfi mo afi mu. Obiara a saa bere no obebu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wobetwa no asu afi Israelman mu. \v 16 Afahyɛ no da a edi kan ne ne nnanson so no, nnipa no nyinaa bedi da no sɛ da a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduannoa akyi no, obiara nnyɛ adwuma foforo biara. \p \v 17 “Sɛ mudi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa da no na miyii mo fii Misraim asase so. Munni saa dapɔnna yi sɛ daa ahyɛde mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. \v 18 Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere kosi ne da a ɛto so aduonu baako so no, brodo a mmɔkaw mfra mu nko ara na munni. \v 19 Saa nnanson no mu no, ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw kakraa bi koraa wɔ mo afi mu. Enti obiara a obedi aduan a mmɔkaw wɔ mu no, wobeyi no afi Israel asafo kuw no mu. Saa mmara yi ka ananafo a wɔne mo te ne wɔn a wofi ɔman no mu no nyinaa nso. \v 20 Miti mu sɛ, saa nna no mu, munnni biribiara a wɔde mmɔkaw afra mu; munni brodo a mmɔkaw mfra mu.” \p \v 21 Na Mose frɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔkyekyere oguamma anaa abirekyi ba mma abusua biara, na munkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa. \v 22 Muntwa oguan no mogya ngu kuruwa bi mu. Momfa adwerɛ mmɔ mogya no mu na momfa mpete apongua no atifi ne apongua abien a aka no ho sɛnea mogya no bɛda ho. Muwie a, mo mu biara mmfi nkɔ abɔnten saa anadwo no. \v 23 \nd Awurade\nd* betwa mu afa asase yi so akunkum Misraimfo. Na sɛ ohu sɛ mogya wɔ apongua no atifi ne apongua abien no ho a, obetwa saa ofi no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefo no nwura hɔ nkunkum mo mmakan. \p \v 24 “Na monkae sɛ eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefo. \v 25 Na sɛ moba asase a \nd Awurade\nd* de bɛma mo sɛnea ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no. \v 26 Na sɛ mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn; saa afahyɛ yi fa dɛn ho a, \v 27 mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma \nd Awurade\nd*. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.’ ” Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree. \v 28 Na Israelfo no dii Mose ne Aaron ahyɛde no so. \p \v 29 Da no ara anadwo nnɔndumien \nd Awurade\nd* kunkum mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, efi Farao babarima panyin so kosi odeduani babarima panyin ne anantwi nso mmakan nyinaa. \v 30 Afei, Farao ne ne mpanyimfo ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ ofi biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu. \p \v 31 Enti Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Mesrɛ mo, mo nyinaa muntu mfi ha. Monkɔsom \nd Awurade\nd* sɛnea mokae no. \v 32 Momfa mo nguan ne mo anantwi na monkɔ. Nanso munhyira me ansa na moakɔ.” \p \v 33 Misraimfo no nyinaa ani beree Israelfo no so pampam wɔn sɛ womfi asase no so ntɛm, efisɛ wɔkae se, “Yebewuwu.” \v 34 Israelfo no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔw a mmɔkaw mfra mu, na wɔde wɔn ntade kyekyeree wɔn mmɔre nnaka de sisii wɔn mmati so. \v 35 Na Israelfo no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntade afi Misraimfo no nkyɛn sɛnea Mose kaa se wɔnyɛ no. \v 36 \nd Awurade\nd* maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisade nyinaa. Ɛnam saayɛ so maa Israelfo no twee Misraimfo ahonyade nyinaa kɔe. \p \v 37 Anadwo no ara, Israelfo no sii mu fii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodow yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmea ne mmofra de wɔankan wɔn anka ho. \v 38 Nnipa ahorow pii bi a wɔnyɛ Israelfo kaa wɔn ho kɔe. Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi nyinaa kaa wɔn ho. \v 39 Woduu baabi a wɔpɛ sɛ wodidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔkaw amfra a wɔde kɔe no bi too brodo dii. Na mmɔkaw nni mu, efisɛ Misraimfo no pam wɔn. Ɛno nti wɔannya kwan anyɛ aduan a wobedi wɔ ɔkwan so. \p \v 40 Israelfo no tenaa Misraim mfe ahannan ne aduasa. \v 41 Na da a wodii mfe ahannan ne aduasa no pɛ na \nd Awurade\nd* nkurɔfo nyinaa fii asase no so. \v 42 Saa anadwo no ne bere a \nd Awurade\nd* yi too hɔ de gyee ne nkurɔfo fii Misraim asase so. Enti saa anadwo koro no ara na Israelfo no yi de too hɔ sɛ da a Onyankopɔn gyee wɔn no afirihyia da. \s1 Twam Afahyɛ Ho Mmara \p \v 43 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni: \p “Ahɔho biara nnwe oguamma no nam no bi. \v 44 Nanso ɔsomfo biara a wɔtew sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia de a, otumi we bi. \v 45 Ɔpaani anaa ɔhɔho biara nnwe bi. \p \v 46 “Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ ofi biara mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe nam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔde nam no fa biara kɔ abɔnten. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe biara mu. \v 47 Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa di da no. \p \v 48 “Ahɔho a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abedi; na ama wɔayɛ sɛnea wɔwoo wɔn too mo mu no. \v 49 Saa mmara yi ka Israelfo ne ahɔho a wɔne mo te no nso.” \p \v 50 Enti Israelfo no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛnea ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no. \v 51 Da no ara na \nd Awurade\nd* yii Israelfo no fii Misraim asase so. \c 13 \s1 Abakan Biara Yɛ Onyankopɔn Dea \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Tew Israelfo mmabarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.” \p \v 3 Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Nnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ mokae daa—da a mutu fii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no so. \nd Awurade\nd* ayɛ anwonwade akɛse bebree akyerɛ mo. Enti monkae sɛ, sɛ afe du na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔkaw mfra mo aduan; na mommfa bi nkɔ mo afi nso mu koraa. \v 4 Afe biara mu Abib ɔsram awiei (bɛyɛ Ɔbɛnem awiei), monkae saa otukɔ yi. \v 5 \nd Awurade\nd* de mo baa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Hewifo ne Yebusifo nsase a ɛwo ne nufusu sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so. \v 6 Mubedi brodo a mmɔkaw nni mu nko ara nnanson. Na da a ɛto so ason no, monto pon kɛse mma \nd Awurade\nd*. \v 7 Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔkaw wɔ ne fi anaa mo asase no ahye so baabiara. \v 8 Edu afirihyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma nea enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae nea \nd Awurade\nd* yɛ maa mo bere a mutu fii Misraim asase so no. \v 9 Saa afe biara mu nnaawɔtwe afahyɛ yi nyɛ nsɛnkyerɛnne te sɛ agyiraehyɛde a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae ade. Momma Awurade mmara ntena mo anom, efisɛ tumi kɛse na ɔde yii mo fii Misraim. \v 10 Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awiei no, munni afahyɛ yi. \p \v 11 “Sɛ \nd Awurade\nd* de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfo te so mprempren no so a, monkae sɛ \v 12 mo mmabarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ \nd Awurade\nd* dea. Enti momfa mma no. \v 13 Mutumi de oguan ba anaa abirekyi ba bɛsesa afurum\f + \fr 13.13 \fr*\ft Mfurum nyɛ mmoa a wɔn ho tew (\+xt 4 Mose 18.15\+xt*) sɛ wotumi de wɔn bɔ afɔre, nanso ɔkwan a na ɛwɔ ho sɛ wɔde nguamma si wɔn anan no nso kyerɛ wɔn ho hia a ehia wɔ sikasɛm mu.\ft*\f* ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afurum no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wubu afurum no kɔn mu kum no. Nanso mo mmabarima abakan de, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti. \p \v 14 “Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn a, monka nkyerɛ wɔn se, \nd Awurade\nd* nam anwonwade akɛse a ɔyɛe so na oyii yɛn fii nkoasom mu wɔ Misraim. \v 15 Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn kwan ma yɛkɔ nti, \nd Awurade\nd* kum mmabarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno nti na yɛde mmabarima a wɔyɛ mmakan rema \nd Awurade\nd* yi, nanso nnipa mmabarima mmakan no de, wɔtɔ wɔn ti.’ \v 16 Na afahyɛ yi bɛda mo nsow sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛnea ɔde nʼagyiraehyɛde abɔ mo moma so a ɛkyerɛ sɛ \nd Awurade\nd* nam ne tumi kɛse no so na ɔde yii yɛn fii Misraim.” \s1 Omununkum Ne Ogya Akwankyerɛ \p \v 17 Farao maa nnipa no kwan sɛ wɔnkɔ no, Onyankopɔn amma wɔamfa ɔkwan a ɛfa Filistifo man no mu a na ɛyɛ tiaa no so. Efisɛ Onyankopɔn kae se, “Sɛ wokohyia ɔko a, ebia na wɔasesa wɔn adwene ama wɔasan akɔ Misraim.” \v 18 Enti Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa sare so de wɔn ani kyerɛɛ Po Kɔkɔɔ. Israelfo no sii mu fii Misraim a na wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. \p \v 19 Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔe, efisɛ na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afi Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, efisɛ na onim sɛ Onyankopɔn beyi wɔn afi Misraim asase so.” \p \v 20 Wofi Sukot no, wɔkɔkyeree nsraban wɔ Etam sare no ano. \v 21 \nd Awurade\nd* de omununkum kyerɛɛ wɔn kwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn kwan anadwo. Enti na wotumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa. \v 22 Awia mununkum fadum anaa anadwo gya fadum no amfi nʼafa wɔ nnipa no anim da. \c 14 \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Ka kyerɛ nnipa no na wɔmman mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne po no ntam a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanim no. Sɛ wodu hɔ a, wonsi wɔn ntamadan wɔ mpoano hɔ. \v 3 Sɛ wɔyɛ saa a, Farao besusuw sɛ, ‘Saa Israelfo no aka sare no ne po no ntam.’ \v 4 Na mɛsan apirim Farao koma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛe yi, sɛnea ɛbɛma manya anuonyam ne nidi wɔ Farao ne nʼasraafo mu na ama Misraimfo no nso ahu sɛ, mene \nd Awurade\nd* no.” Enti wosii ntamadan wɔ faako a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no. \s1 Misraimfo Taa Israelfo \p \v 5 Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfo no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensan mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne ne dɔm koma sɔree bio. Wobisae se, “Dɛn na yɛayɛ yi? Yɛama Israelfo no kwan ma wɔkɔ ama yɛahwere wɔn som!” \v 6 Enti Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafo no anim taa wɔn. \v 7 Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefo dɔm a wɔn dodow yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforo bi a asraafo tete wɔn so ka wɔn. \v 8 Farao taa Israelfo no, efisɛ na wɔde Misraimfo agyapade bebree kɔ. \v 9 Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfo no bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntamadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim. \p \v 10 Bere a Farao asraafo no rebɛn no, Israelfo no huu wɔn sɛ wɔde mmirika reba enti wɔn koma tui, na wosu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. \v 11 Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no se, “Wode yɛn aba sare yi so sɛ yemmewuwu wɔ ha, efisɛ nna nni Misraim a sɛ yewuwu a wobesie yɛn wɔ mu ana? Adɛn nti na woma yetu fii Misraim? \v 12 Bere a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo se ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkae se yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase wɔ Misraim sen sɛ yebewu agu sare so ha.” \p \v 13 Nanso Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Munnsuro. Munnyina pintinn na mubehu anwonwakwan a \nd Awurade\nd* nam so begye mo nnɛ. Misraimfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio. \v 14 \nd Awurade\nd* bɛko ama mo; montɛm dinn kɛkɛ!” \p \v 15 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Adɛn nti na wusu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfo no na wɔnkɔ wɔn anim. \v 16 Fa wo pema no. Fa kyerɛ nsu no so na po no mu bɛpae ama ɔkwan ada mu ma Israelfo no afa asase wosee so. \v 17 Mepirim Misraimfo no koma ama wɔataa mo na di a medi Farao ne ne dɔm so no bɛma moahu mʼanuonyam. \v 18 Na Misraimfo nyinaa behu sɛ, mene \nd Awurade\nd*.” \p \v 19 Onyankopɔn bɔfo a odi Israelfo anim no twee ne ho bedii Israelfo no akyi. Na omununkum dum no nso bedii Israelfo no akyi. \v 20 Ebetwaa Israelfo no ne Misraimfo no ntam. Na anadwo no, ɛdan ogya maa sum tɔɔ Misraimfo no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfo no kwan. Enti Misraimfo no anhu Israelfo no akyi kwan. \p \v 21 Mose teɛɛ ne nsa wɔ po no so, na anadwo no nyinaa \nd Awurade\nd* de apuei mframa dennen maa po no san nʼakyi maa asase no yɛɛ wosee. \v 22 Enti Israelfo no faa po kwan a mu wosee no so. Na nsu no yɛɛ afasu wɔ benkum ne nifa maa wɔn. \p \v 23 Misraimfo no nso ne Farao apɔnkɔ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no tiw wɔn koduu po no mfimfini. \v 24 Na anɔpahema no, \nd Awurade\nd* de ogya ne omununkum dum no too Misraimdɔm no so maa wɔn ho yeraw wɔn. \v 25 Wɔn nteaseɛnam no nan tutui, enti na wontumi nkɔ bio. Enti Misraimfo no kae se, “Momma yenguan mfi Israelfo anim, efisɛ \nd Awurade\nd* reko ama wɔn na yɛn de, ɔreko atia yɛn.” \p \v 26 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa wɔ po no so, na nsu no nsan mmra Misraimfo ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no so.” \v 27 Mose yɛɛ saa, na ade kyee anɔpa no, po no san nʼakyi bɛsen sɛnea na ɛte. Misraimfo no pɛɛ sɛ woguan, nanso \nd Awurade\nd* maa nsu no faa wɔn. \v 28 Nsu no kataa kwan no ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no nyinaa so. Farao asraafo dodow a wɔfaa po no mu taa Israelfo no nso, anka ɔbaako koraa. \p \v 29 Israelfo no nantew faa asase wosee a nsu yɛ ɔfasu wɔ benkum ne nifa no so. \v 30 Saa da no \nd Awurade\nd* gyee Israelfo fii Misraimfo nsam. Na Israelfo no huu Misraimfo no sɛ wɔawuwu deda mpoano. \v 31 Bere a Israelfo huu tumi a \nd Awurade\nd* ada no adi de atia Misraimfo no, wosuroo \nd Awurade\nd*, na wogyee \nd Awurade\nd* ne nʼakoa Mose dii. \c 15 \s1 Ogye Ho Dwom \p \v 1 Na Mose ne Israelfo no too saa dwom yi de kamfoo \nd Awurade\nd*: \q1 “Mɛto dwom ama \nd Awurade\nd*, efisɛ \q2 wadi nkonim anuonyam mu; \q1 Watow ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no \q2 agu po mu. \b \q1 \v 2 “\nd Awurade\nd* yɛ mʼahoɔden, me dwom \q2 ne me nkwagye. \q1 Ɔyɛ me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. \q2 Ɔyɛ mʼagya Nyankopɔn, mɛma no so. \q1 \v 3 \nd Awurade\nd* yɛ ɔkofo; \q2 ne din ne \nd Awurade\nd*. \q1 \v 4 Farao nteaseɛnam ne nʼakofo, watow wɔn agu po mu. \q2 Wɔamemem wɔ Po Kɔkɔɔ mu. \q1 Misraim akofo atitiriw \q2 awuwu asorɔkye ase. \q1 \v 5 Nsu akata wɔn so. \q2 Wɔmemem asubun mu sɛ ɔbo. \q1 \v 6 Wo nsa nifa, \nd Awurade\nd*, \q2 tumi ne anuonyam ahyɛ no ma; \q1 wo nsa nifa, \nd Awurade\nd*, \q2 atetew atamfo mu pasaa. \b \q1 \v 7 “Wo tumi kɛse no mu \q2 na wonam tuu wɔn a wotia wo no gui. \q1 Womaa wʼabufuw \q2 bɛhyew wɔn sɛnea ogya hyew sare. \q1 \v 8 Wugu ahome a, \q2 nsu mu pae. \q1 Egyinaa sɛ afasu \q2 maa po taa fa ne fa. \q1 \v 9 Ɔtamfo kae se, \q2 ‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn. \q1 Mɛtwe mʼafoa wɔ wɔn so \q2 atwitwa wɔn asinasin.’ \q1 \v 10 Nanso Onyankopɔn bɔɔ ne mframa \q2 ma po kataa wɔn so. \q1 Wɔmemem sɛ sumpii \q2 wɔ subun no mu. \q1 \v 11 Hena na ɔte sɛ \nd Awurade\nd* wɔ anyame mu? \q2 Hena na ɔte sɛ wo? \q1 Obirɛmpɔn, wɔ kronkronyɛ mu; \q2 nea yɛde osuro kronkron ma nʼanuonyam, \q2 Ɔnwonwani Nyankopɔn. \b \q1 \v 12 “Woteɛɛ wo nsa nifa \q2 na asase menee wɔn. \q1 \v 13 Woadi nnipa a wugyee wɔn no anim. \q2 Wʼayamye mu, \q1 wubedi wo nkurɔfo a woagye wɔn anim. \q2 Wʼahoɔden mu, wobɛkyerɛ wɔn kwan \q2 akɔ wo tenabea kronkron hɔ. \q1 \v 14 Amanaman bɛte ama wɔn ho apopo. \q2 Ehu bɛka nnipa a wɔwɔ Filistia. \q1 \v 15 Edom mpanyimfo besuro. \q2 Atumfo a wɔwɔ Moab ho bɛwosow. \q1 Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa bɛbɔ huboa. \q2 \v 16 Ehu ne suro bɛtɔ wɔn so. \q1 \nd Awurade\nd*, wo tumi nti, \q2 wɔremma yɛn so! \q1 Wo nkurɔfo a wotɔɔ wɔn \q2 Betwa wɔn ho asomdwoe mu. \q1 \v 17 Wode wɔn bɛba abedua wɔn \q2 wɔ wo bepɔw so, \q1 wo ara wo fi hɔ, \nd Awurade\nd*— \q2 Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no. \b \q1 \v 18 “\nd Awurade\nd* bedi hene \q2 akosi daa.” \p \v 19 Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafo ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa po no mu; nanso \nd Awurade\nd* buu nsu afasu no guu wɔn so bere a na Israelfo no nam mu sɛ asase wosee so. \v 20 Ɛhɔ na Odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron nuabea faa akyene bi bɔ de dii mmea no anim ma wɔsawee. \v 21 Ɛnna Miriam too saa dwom yi: \q1 “Monto dwom mma \nd Awurade\nd* \q2 na wadi nkonim anuonyam mu. \q1 Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefo \q2 amem po ase.” \p \v 22 Afei, Mose dii Israelfo no anim ne wɔn tu fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so. Na wɔnantew sare no so nnansa a wɔannya nsu annom. \v 23 Woduu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsu, efisɛ na ɛyɛ nwene. Ɛno nti na wɔfrɛ hɔ Mara no; ase ne: Nweenwen. \v 24 Enti nnipa no nwiinwii tiaa Mose sɛ, “Dɛn na yɛnnom?” \p \v 25 Mose srɛɛ \nd Awurade\nd* sɛ ɔmmoa wɔn, na \nd Awurade\nd* kyerɛɛ no dubaa bi. Na ɔtow too nsu no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wotumi nomee. \p Mara hɔ na \nd Awurade\nd* hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn se, \v 26 “Sɛ mubetie \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn nne, na moayɛ osetie ayɛ ade trenee de a, ɔyare a mema ɛbɔɔ Misraimfo no, meremma bi mmɔ mo, efisɛ mene \nd Awurade\nd* a mesa mo nyarewa.” \p \v 27 Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ, nti wosisii wɔn ntamadan, tenaa mmura no ho. \c 16 \s1 Nnuan A Efi Ɔsoro \p \v 1 Afei, wotu fii Elim baa Sin sare a ɛda Elim ne Bepɔw Sinai ntam no so. Wotu fii Misraim no, ɔsram a ɛto so abien no nnaawɔtwe abien so na woduu hɔ. \v 2 Woduu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron se, \v 3 “Sɛ yɛwɔ Misraim na anka \nd Awurade\nd* rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yenya nnuan bebree di wɔ hɔ. Nanso mode yɛn abegu sare so ha ama ɔkɔm rekum yɛn.” \p \v 4 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛtɔ aduan afi ɔsoro abegu asase so ama wɔn. Obiara betumi akɔboaboa dodow biara a ɔpɛ ano ama nea obedi no da koro. Mede eyi bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wobedi mʼahyɛde so anaasɛ wɔrenni so. \v 5 Ka kyerɛ wɔn na nnaawɔtwe biara mu da a ɛto so asia no, wɔmmoaboa aduan no ano sɛnea daa wɔboaboa no no, mmɔho abien.” \p \v 6 Enti Mose ne Aaron frɛɛ Israelfo no nyinaa ne wɔn hyia ka kyerɛɛ wɔn se, “Anwummere yi, mubehu sɛ \nd Awurade\nd* na oyii mo fii Misraim asase so. \v 7 Sɛ edu anɔpa a, mubehu nʼanuonyam bebree; efisɛ wate sɛnea munwiinwii tia no no. Na yɛn ne hena a munwiinwii tia yɛn? \v 8 Anwummere yi, \nd Awurade\nd* bɛma mo nam awe, na wama mo aduan anɔpa, efisɛ wate mo anwiinwii a etia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na munwiinwii tiaa \nd Awurade\nd*.” \p \v 9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Ka kyerɛ Israelfo no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wommetie wɔn anwiinwii no ho mmuae.” \p \v 10 Enti Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn kwan no wɔ no, \nd Awurade\nd* fii mu daa nʼanuonyam kɛse no adi. \p \v 11 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 12 “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, no.’ ” \p \v 13 Anwummere no, nnomaa pii bebuu so wɔ wɔn atenae hɔ na anɔpa no, obosu tɔ guu sare no so maa ɛyɛɛ fɔkyee. \v 14 Obosu no yowee no, nsinsenii nketenkete bi a ɛte sɛ sukyerɛmma beguu asase no so. \v 15 Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn ni?” \p Na Mose buaa wɔn se, “Ɛyɛ aduan a \nd Awurade\nd* de ama mo sɛ munni no. \v 16 Awurade aka se, ‘Obiara mmoaboa dodow biara a ɛbɛso ɔne ne fifo di no ano.’” \p \v 17 Enti Israelfo no fii adi kɔboaboaa aduan no bi ano. Ebinom faa pii na bi nso faa kakraa bi. \v 18 Wohwiee nea wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara benya bi. Wɔn a wonyaa pii no, ebi anka, na wɔn a wonyaa kakraa bi no nso, ɛsoo wɔn. Ofi biara nyaa ne so ne ne de. \p \v 19 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommma ade nkye so.” \p \v 20 Nanso ebinom yɛɛ asoɔden maa ade kyee so. Ade kyee so no, na adɔ nsaammoa ma ɛbɔn enti Mose bo fuw wɔn yiye. \p \v 21 Afei na wɔkɔtase aduan no anɔpa anɔpa, na wɔtase dodow biara a, ɛso ofi biara. Na awia bɔɔ denneennen guu so no, aduan no nyinaa nanee. \v 22 Da a ɛto so asia no, wɔtasee sɛnea wɔtase no daa no mmɔho abien. Wɔtasee susukoraa asia, nanso daa na wɔtase susukoraa abiɛsa. Mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no bebisaa Mose nea nti a aba saa. \v 23 Mose buaa wɔn se, “Efisɛ \nd Awurade\nd* aka ato hɔ se, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma \nd Awurade\nd* a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti monnoa dodow biara a mopɛ nnɛ, na nea ɛbɛka no, munnyaw mma ade nkye so.’ ” \p \v 24 Na ade kyee so no, na nsaammoa biara nni mu na ɛmmɔn nso. \v 25 Mose kae se, “Nnɛ, mo aduan ni, efisɛ nnɛ yɛ \nd Awurade\nd* homeda enti aduan biara rentɔ ngu asase so. \v 26 Momfa nnansia mmoaboa aduan ano, efisɛ da a ɛto so ason no yɛ homeda enti morennya aduan biara saa da no.” \p \v 27 Homeda no, nnipa no bi fii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduan no bi, nanso na ebi nni hɔ. \v 28 \nd Awurade\nd* bisaa Mose se, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akosi da bɛn? \v 29 Wonhu sɛ nnansia so no, memaa wɔn mmɔho abien sɛnea ɛbɛso wɔn nnaanu? \nd Awurade\nd* se momfa da a ɛto so ason no sɛ homeda; montena mo ntamadan mu. Mummfi adi nkɔtase aduan mfi asase so.” \v 30 Enti da a ɛto so ason no, nnipa no homee. \p \v 31 Israelfo no too aduan no din se Mana, ase ne “Ɛyɛ dɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wusa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu. \v 32 Mose kaa asɛm a \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduan no susukoraa abiɛsa na wɔmfa nkosie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, nkyirimma behu aduan a \nd Awurade\nd* de maa wɔn dii wɔ sare so bere a oyii wɔn fii Misraim no. \p \v 33 Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔmfa kuruwa na ɔmfa mana lita abiɛsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma. \p \v 34 Aaron yɛɛ sɛnea \nd Awurade\nd* kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔnkora no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ. \v 35 Enti Israelfo dii mana yi mfe aduanan kosii sɛ woduu Kanaan asase so a ɛhɔ de, na afumduan wɔ no. \p \v 36 Lita abiɛsa yɛ omer baako. \c 17 \s1 Ɔbotan Mu Nsu \p \v 1 \nd Awurade\nd* hyɛe maa Israelfo no fii Sin sare no so kokɔɔ nkurow nkurow so, koduu Refidim. Woduu hɔ no, na nsu a wɔbɛnom biara nni hɔ. \v 2 Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!” \p Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ \nd Awurade\nd* hwɛ?” \p \v 3 Na osukɔm a ɛde wɔn no nti, wɔteɛteɛɛ mu se, “Adɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim? Adɛn nti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwi nyinaa bewuwu!” \p \v 4 Mose su frɛɛ \nd Awurade\nd* se, “Dɛn na menyɛ saa nkurɔfo yi? Wɔpɛ sɛ wosiw me abo.” \p \v 5 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Fa Israelfo mpanyimfo no bi ka wo ho na fa pema a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ. \v 6 Mehyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔw Horeb ho. Sɛ wudu hɔ a, fa wo pema no bɔ ɔbotan no mu sɛnea wode bɔɔ Nil mu no na nsu befi mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ nea \nd Awurade\nd* kae no wɔ Israel mpanyimfo no anim maa nsu tue fii ɔbotan no mu. \v 7 Enti Mose too beae hɔ din Masa a ase ne Sɔhwɛbea ne Meriba a ase ne Akyinnyegyebea, efisɛ ɛhɔ na Israelfo ne Mose gyee akyinnye, sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, bisae se, “\nd Awurade\nd* ka yɛn ho anaa ɔnka yɛn ho?” \s1 Israelfo Di Amalekfo So Nkonim \p \v 8 Afei, akofo a wofi Amalek\f + \fr 17.8 \fr*\ft Amalekfo no yɛ Esau nena barima asefo, na wɔtow hyɛ afoforo so fom wɔn nneɛma wɔ nweatam no so.\ft*\f* bɛtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ Refidim ne wɔn koe. \v 9 Mose ka kyerɛɛ Yosua se, “Yi asraafo ma yɛn na yɛne Amalekfo no nkɔko. Ɔkyena megyina bepɔw no apampam a mikura Onyankopɔn pema no.” \p \v 10 Enti Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfo asraafo no ne wɔn koe sɛnea na Mose ahyɛ no, na Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔw no apampam pɛɛ. \v 11 Mmere dodow a Mose kura pema no mu kyerɛ soro na Israelfo no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ pema no ase a, na Amalekfo no nso redi Israelfo no so. \v 12 Mose brɛ a na ontumi mma pema no so bio enti Aaron ne Hur pirew ɔbo bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wogyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa abien no so kosii sɛ owia kɔtɔe. \v 13 Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfo no so, kunkum wɔn wɔ afoa ano. \p \v 14 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw eyi ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua se, mɛtɔre Amalekfo nyinaa ase wɔ ɔsoro ase.” \p \v 15 Mose sii afɔremuka hɔ na ɔtoo no din \nd Awurade\nd* Nissi a ase ne \nd Awurade\nd* ne me frankaa. \v 16 Mose kae se, “Efisɛ wɔama wɔn nsa so atia \nd Awurade\nd* ahengua nti, \nd Awurade\nd* ne Amalekfo bedi ako afi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.” \c 18 \s1 Yetro Afotu \p \v 1 Ankyɛ biara na Mose ase, Midian sɔfo Yetro, tee anwonwade a Onyankopɔn ayɛ ama ne nkurɔfo Israelfo ne Mose, ne sɛnea wayi wɔn afi Misraim asase so no. \p \v 2 Mose de ne yere Sipora kɔe no, nʼase Yetro gyee no \v 3 a na ne mmabarima baanu ka ne ho. Mose too ne babarima a na ɔyɛ nʼabakan no din Gersom a ɔkyerɛ ase se, “Mabɛyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.” \v 4 Na ne babarima a ɔto so abien no nso, ɔtoo ne din Elieser a ɔkyerɛ ase se “Mʼagyanom Nyankopɔn no yɛ me boafo. Ogyee me fii Farao afoa ano.” \p \v 5 Yetro kɔsraa Mose. Ɔde Mose yere ne ne mmabarima baanu no kaa ne ho. Wodui no, na Mose ne nnipa no abɔ atenae wɔ Onyankopɔn bepɔw no ho. \v 6 Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Wʼase Yetro reba abɛsra wo. Wo yere ne wo mmabarima baanu no ka ne ho.” \p \v 7 Mose sɔre kohyiaa nʼase. Ɔkotow no nidi mu gyee no fɛw so. Wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho na wɔkɔɔ Mose ntamadan mu. \v 8 Mose kaa nsɛm a asisi nyinaa kyerɛɛ nʼase no. Ɔkaa nea \nd Awurade\nd* ayɛ atia Farao ne Misraimfo a ɔnam so agye Israelfo, ayi wɔn afi Misraim, asan ayi wɔn afi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu no nso kyerɛɛ no. \p \v 9 Yetro tee nea \nd Awurade\nd* ayɛ ama Israel, ne titiriw no, sɛnea oyii wɔn fii Misraim no, nʼani gyee yiye. \v 10 Yetro kae se, “Nhyira nka \nd Awurade\nd* sɛ wagye mo afi Misraimfo ne Farao nsam, na wagye ɔman Israel nso. \v 11 Afei, mahu sɛ \nd Awurade\nd* yɛ ɔkɛse sen onyame foforo biara, efisɛ wayɛ eyi ama wɔn a wɔde ahantan di wɔn so no.” \v 12 Yetro de ɔhyew afɔrebɔde bae, na ɔbɔɔ afɔre maa Onyankopɔn. Akyiri no, Aaron ne Israel mpanyimfo no baa Yetro nkyɛn. Wɔn nyinaa too nsa dii afɔreguan no wɔ \nd Awurade\nd* anim. \p \v 13 Ade kyee no, Mose tenaa ase fii anɔpa kosii anwummere tiee ntawntaw a asisi wɔ nnipa no mu. \v 14 Mose ase no huu brɛ a ɔrebrɛ nnipa no ho no, obisaa no se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wo nko ara wudi dwuma kɛse yi a enti nnipa gyina wo so saa ara fi anɔpa kosi anwummere yi?” \p \v 15 Mose buae se, “Nnipa no de akasakasa bi a asisi wɔn ntam bɛtoo mʼanim sɛ mimmisa Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ. \v 16 Sɛ ntawntaw bi ba wɔn ntam a, wɔba ma misiesie. Mekyerɛ wɔn Onyankopɔn mmara ne nʼapɛde.” \p \v 17 Nʼase no kae se, “Nea woreyɛ no nye. \v 18 Worekum wo ho na sɛ wuwu a, nnipa yi bɛyɛ dɛn? Mose, adwuma yi so dodo sɛ wo nko ara wobɛyɛ. \v 19 Tie fo a merebetu wo yi na Onyankopɔn behyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim. \v 20 Kyerɛ wɔn Onyankopɔn akwan a wɔmfa so ntena ase. \v 21 Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofo na wɔyɛ nokwafo a wɔmpɛ adanmudegye, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so otemmufo. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufo du hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wobeyi atemmufo baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufo baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa du fo. \v 22 Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wonni nokware daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim no. Sɛ wofa saa kwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛw ama wo, efisɛ woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn. \v 23 Sɛ wutie afotu no na Onyankopɔn nso pene so a, wubetumi agyina asɛm biara ano na asomdwoe aba.” \p \v 24 Mose tiee nʼase afotu no dii so pɛpɛɛpɛ. \v 25 Oyiyii nnipa pa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa de wɔn yɛɛ atemmufo—apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du. \v 26 Na wobuu ɔman no atɛn bere nyinaa mu. Wɔde nsɛm akɛse no maa Mose na wɔn nso dii nsɛm nketenkete no. \p \v 27 Akyiri no, Mose gyaa nʼase kwan ma ɔkɔɔ ne kurom. \c 19 \s1 Israelfo Du Sinai Bepɔw Ho \p \v 1 Anadwo a Israelfo no tu fii Misraim no, nʼasram abiɛsa so na wɔde koduu Sinai sare so. \v 2 Wotu fii Refidim no, wokoduu Sinai sare so na wɔbɔɔ atenase wɔ Sinai Bepɔw no ase. \p \v 3 Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn na \nd Awurade\nd* frɛɛ no fii bepɔw no so kae se, “Ka saa nsɛm yi kyerɛ Yakob asefo Israelman se, \v 4 ‘Moahu nea meyɛɛ Misraimfo no ne ɔkwan a mefaa so soaa mo wɔ ɔkɔre ntaban so de mo baa me nkyɛn no. \v 5 Sɛ mubetie me, na moadi mʼahyɛde so a, mobɛyɛ me nguankuw ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, efisɛ asase nyinaa yɛ me dea. \v 6 Na mobɛyɛ asɔfo ahemman a ɛyɛ ɔman kronkron ama Onyankopɔn.’ Saa nsɛm yi na ka kyerɛ Israelfo no.” \p \v 7 Mose sian fii bepɔw no so bae no, ɔfrɛɛ mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano nyinaa na ɔkaa asɛm a \nd Awurade\nd* ahyɛ no sɛ ɔnka no kyerɛɛ wɔn. \v 8 Wɔtee asɛm no, wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yɛbɛyɛ biribiara a \nd Awurade\nd* aka sɛ yɛnyɛ no nyinaa.” Enti Mose kɔkaa nsɛm a nnipa no aka no kyerɛɛ \nd Awurade\nd*. \p \v 9 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛba wo nkyɛn sɛ omununkum sɛnea ɛbɛyɛ na me ne wo kasa a, nnipa no bɛte me nne na ɛnam so ama wɔagye wo adi daa.” \p \v 10 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ nnipa no nkyɛn na kɔtew wɔn ho nnɛ ne ɔkyena. Ma wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa, \v 11 na siesie wo ho ma ɔkyena akyi efisɛ saa da no mesian aba Sinai Bepɔw no so a ɔmanfo nyinaa ani tua me. \v 12 Twitwa ahye sɛnea nnipa no rentra na ka kyerɛ wɔn se, ‘Monhwɛ yiye. Mommforo nkɔ bepɔw no atifi na monnkɔ nʼahye no nso so; obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. \v 13 Sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa a, obiara nso ne mu. Na mmom, wobesiw no abo anaasɛ wɔbɛtotow agyan awowɔ no ama wawu.’ Montwe mo ho mfi bepɔw no ho koraa kosi sɛ torobɛnto bi bɛhyɛn denneennen ansa na moaforo akɔ bepɔw no so.” \p \v 14 Mose sian fii bepɔw no so kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔtew wɔn ho ma wɔhoroo wɔn nneɛma nyinaa. \v 15 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munsiesie mo ho, na aka nnansa na Onyankopɔn aba, enti obiara nnkɔ ɔbea ho.” \p \v 16 Nnansa so anɔpa pɛpɛɛpɛ, aprannaa a ano yɛ den bobɔɔ mu, maa anyinam pepae, maa omununkum kabii bi sian fii bepɔw no so. Torobɛnto bi hyɛn twee mu maa nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ho popoe. \v 17 Mose dii nnipa no anim fi wɔn atenae hɔ sɛ wɔrekohyia Onyankopɔn. Wɔn nyinaa kɔboaa wɔn ho ano wɔ bepɔw no ase. \v 18 Wusiw kumɔnn kataa Sinai Bepɔw no so, efisɛ \nd Awurade\nd* sian baa so sɛ ogya. Wusiw buaa wim nyinaa te sɛ nea efi fononoo mu, na asasewosow wosoo bepɔw no denneennen. \v 19 Torobɛnto no hyɛn denneennen pa ara no, Mose kasae na Onyankopɔn nso de nne kɛse buae. \p \v 20 Enti \nd Awurade\nd* baa Sinai Bepɔw no atifi, na ɔfrɛɛ Mose ma ɔforo kɔɔ ne nkyɛn \v 21 na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahye no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ \nd Awurade\nd*. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bewuwu. \v 22 Asɔfo a wɔwɔ wɔn nnwuma so no mpo nnwira wɔn ho, anyɛ saa a, \nd Awurade\nd* bɛsɛe wɔn.” \p \v 23 Mose nso buaa no se, “Nnipa no de, wɔremforo mma bepɔw no atifi, efisɛ wʼankasa bɔɔ wɔn kɔkɔ se, ‘Twitwa ahye fa bepɔw no ho na gyaw hɔ sɛ kronkronbea.’ ” \p \v 24 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Sian kɔ fam na kɔfa Aaron bra. Mma asɔfo no ne nnipa no ntra ahye no sɛ wɔreba ha. Wɔyɛ saa a, mɛsɛe wɔn.” \p \v 25 Enti Mose sian kɔɔ nnipa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn. \c 20 \s1 Mmaransɛm Du No \p \v 1 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi yi nyinaa: \b \li4 \v 2 “Mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, a miyii mo fii nkoasom mu wɔ Misraim no. \b \li1 \v 3 “Monnsom onyame foforo biara nka me ho. \li1 \v 4 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase. \v 5 Monnkotow ohoni biara nsom no wɔ ɔkwan biara so, na me, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso wɔ awofonom bɔne a wɔyɛ no ho kɔ awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu, \v 6 nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no. \li1 \v 7 Mommmɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ. \li1 \v 8 Monkae homeda na munni no sɛ da kronkron. \v 9 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, \v 10 na da a ɛto so ason no yɛ homeda ma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara. \v 11 Efisɛ \nd Awurade\nd* de nnansia na ɛbɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, na ɔhomee ne nnanson so; enti ohyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome. \li1 \v 12 Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, de rema wo no so. \li1 \v 13 Nni awu. \li1 \v 14 Nsɛe aware. \li1 \v 15 Mmɔ korɔn. \li1 \v 16 Nni adansekurum. \li1 \v 17 Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa ne yere anaa nʼasomfo anaa nʼanantwi anaa ne mfurum anaa biribiara a ɛyɛ ne de.” \b \p \v 18 Nnipa no nyinaa huu anyinam ne wusiw kumɔnn wɔ bepɔw no so. Wɔtee aprannaa ne torobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ denneennen. Enti wɔtew gyinae a ehu ama wɔn ho rewosow. \v 19 Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yebetie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.” \p \v 20 Mose nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a, efi nnɛ rekɔ no, mubesuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.” \p \v 21 Nanso, nnipa no tew wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose de, owuraa sum kabii no mu kɔɔ faako a Onyankopɔn wɔ hɔ no. \s1 Afɔremuka No Ho Mmara \p \v 22 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfo no. ‘Mudi ho adanse sɛ, mifi ɔsoro ada me pɛ adi akyerɛ mo. \v 23 Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforo ayɛ. \p \v 24 “ ‘Dɔte afɔremuka na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔre mma me. Mo ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre a mode nguan ne anantwi bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Faako a mɛkyerɛ mo sɛ munsi afɔremuka no na munsi na mɛba hɔ abehyira mo. \v 25 Mutumi de abo nso si afɔremuka, nanso abo a wontwae na momfa nsi. Sɛ mode afiri bi twa abo no di no adwinni a, enye sɛ wɔde si, efisɛ moagu ho fi. \v 26 Monnyɛ atrapoe mma afɔremuka no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntade ase ahu mo adagyaw mu.’ \c 21 \p \v 1 “Mmara a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no ni: \s1 Nkoa Ho Mmara \p \v 2 “Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfe asia, na afe a ɛto so ason no, ɔmfa ne ho nni a ontua hwee. \v 3 Sɛ ɔbɛyɛɛ wʼakoa no na ɔyɛ osigyani na sɛ akyiri no ɔware a, ɔno nko ara na sɛ mfe ason no du a ɔbɛkɔ. Na sɛ nso na waware ansa na ɔrebɛyɛ akoa de a, ɔne ne yere no na wɔbɛkɔ. \v 4 Sɛ nso ne wura no na ɔmaa no ɔbea waree wɔ ne nkoasom no mu, na sɛ wɔwo mmabarima ne mmabea a, ɔyere ne mma no bɛyɛ owura no de, na okunu no akɔ ne baabi. \p \v 5 “Na sɛ ɔbarima no pae mu ka se, ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm nti merenkɔ’ a, \v 6 ne wura no de no bɛba atemmufo anim na wɔde fitii afiti nʼasom bagua mu na watena ne wura no nkyɛn sɛ akoa afebɔɔ. \p \v 7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babea sɛ afenaa a, mfe asia no du a, wɔrennyaa no sɛnea wogyaa mmarima nkoa no. \v 8 Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho kwan sɛ ɔsan tɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho kwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, efisɛ sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛe so. \v 9 Na sɛ afenaa wura no de afenaa no ma ne babarima aware a, afenaa no bɛyɛ owura no babea. \v 10 Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsan ware foforo a, ɛnsɛ sɛ ɔtew nʼaduan ne ntama a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere. \v 11 Na sɛ wantumi anni saa ahyɛde abiɛsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ontua sika biara.” \s1 Awudi Ho Mmara \p \v 12 “Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wobekum no bi. \v 13 Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a onguan nkohintaw. \v 14 Sɛ obi hyɛ da taataa ɔfoforo so pɛ sɛ okum no a, onii no gyina afɔremuka anim koraa a, montwe no nkokum no. \p \v 15 “Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na no, kum na ɛsɛ sɛ wokum no. \p \v 16 “Obi a owia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wonkum no. \p \v 17 “Nea ɔdome nʼagya anaa ne na no, kum na ɛsɛ sɛ wokum no. \s1 Akasakasa Ne Ntɔkwaw Ho Mmara \p \v 18 “Sɛ mmarima baanu reko na wɔn mu baako de ɔbo anaa kuturuku bɔ ɔbaako no pira no, na wanwu, nanso ɛka no to mpa so, \v 19 na akyiri no, otumi sɔre nantew na mpo sɛ ɔtɔ ne nan so a, ɔbarima a ɔbɔɔ ne yɔnko no di bem, nanso ɔbaako no bere a wasɛe no no, obetua ho sika ama no, asan atua nʼayaresa ka nyinaa kosi sɛ ne ho bɛtɔ no. \p \v 20 “Sɛ obi hwe nʼakoa anaa nʼafenaa ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe nʼaso. \v 21 Nanso sɛ nna bi akyi no akoa no anwu a, ɛno de, owura no renkɔ asotwe biara mu, efisɛ akoa no yɛ nʼagyapade. \p \v 22 “Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wopira ɔpemfo ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a opiraa no no ka biara a ɔpemfo no kunu de bɛto atemmufo anim ama wɔapene so no. \v 23 Na sɛ opira no ma ɔbea no wu a, wonkum saa ɔbarima no. \v 24 Sɛ ɔpemfo no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne de bi. Nsa nsi nsa anan, nan nsi nan anan, \v 25 ɔhyew nsi ɔhyew anan, apirakuru nsi apirakuru anan na atape nsi atape anan. \p \v 26 “Sɛ owura bi bɔ nʼakoa anaa nʼafenaa ani so ma nʼani bɔ a, esiane nʼani no nti, ɛsɛ sɛ akoa anaa afenaa no de ne ho hyɛ anan. \v 27 Sɛ owura tu nʼakoa se a, ne se no nti, ɔmma ɔnne ne ho mfa nhyɛ anan. \p \v 28 “Sɛ nantwi si ɔbea anaa ɔbarima ma no wu a, wonsiw nantwi no abo. Wɔnnwe ne nam no. Ne wura no nso, obiara mmfa ne nsa nka no, \v 29 gye sɛ wɔate sɛ mmere bi a atwa mu no, nantwi no sisii nnipa ma wɔbɔɔ ne wura no amanneɛ a wanka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ okum obi a, wonsiw nantwi no abo na ne wura no nso, wonkum no. \v 30 Sɛ nso owufo no abusuafo pɛ a, wɔbɛbɔ nantwi wura no ka. Atemmufo na wɔbɛkyerɛ nea ontua. \v 31 Mmara koro no ara kyere nantwi a obesi abarimaa anaa ɔbea. \v 32 Na sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahaasa ne aduanan (342) abien, na wɔasiw nantwi no abo. \p \v 33 “Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwi anaa afurum kɔtɔ mu a, \v 34 ka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no. \p \v 35 “Sɛ ɔbarima bi nantwi pira nantwi foforo na sɛ owu a, mmoa wuranom baanu no bɛtɔn aboa a onwui no na wɔakyɛ sika no mu. Wɔn mu biara nso bɛfa aboa a wawu no fa. \v 36 Na sɛ aboa no taa sisi na ne wura no abu nʼani agu so de a, ɛno de, sikakyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwi wɔ hɔ no betua nantwi a wawu no ho ka nyinaa na wafa no. \c 22 \s1 Agyapade Ho Bammɔ \p \v 1 “Sɛ obi kowia nantwi anaa oguan na okum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwi anum besi nantwi baako anan mu. Na ɔde nguan anan asi oguan baako biara anan mu. \p \v 2 “Sɛ wohu ɔkorɔmfo sɛ ɔrewura ofi bi mu anadwo na wokum no a, nea okum no no nni fɔ. \v 3 Na sɛ asɛm no si awia de a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudi enti onipa a okum ɔkorɔmfo no di fɔ. \p “Sɛ mokyere ɔkorɔmfo bi a, momma ontua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ka no. \v 4 Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwi anaa afurum anaa oguan a onwui anaa biribi foforo bi a, mommɔ no dekode a owiae no ho ka mpemanim. \p \v 5 “Sɛ obi hyɛ da gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afum kodidi wɔ hɔ, sɛe nnɔbae a, ɔmfa ɔno ara ne nnɔbae mu nea ɛsɔ ani pa ara no mmetua ka. \p \v 6 “Sɛ obi rehyew nʼafuw, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforo afuw mu, hyew, sɛe ne nnɔbae a, nea ɔsɔɔ gya no betua nnɔbae a asɛe no nyinaa ho ka. \p \v 7 “Sɛ obi ma ɔfoforo sika anaa ade foforo bi sɛ ɔmfa nsie mma no na wowia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfo no a, obetua ne mpemanim. \v 8 Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfo no a, wɔde onipa a wɔde agyapade no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ ɔno ankasa na owiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno. \v 9 Sɛ ɛba sɛ nantwi, afurum, oguan, ntama anaa biribi foforo bi yera na nea nʼade ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekode no, na onii no san se ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na nea obedi fɔ no, obetua ade a ɛyerae no ho ka mmɔho abien ama ɔbaako no. \p \v 10 “Sɛ obi de afurum, nantwi, oguan anaa aboa foforo bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa opira anaa oguan na sɛ obi anhu ammɛka a, \v 11 ɛsɛ sɛ nea ogyee aboa no ayɛn no ka ntam sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no, na ne wura no gye to mu a, onnye biribiara nsi anan mu. \v 12 Nanso sɛ wia na wowiaa aboa no anaa dekode no wɔ ne nkyɛn de a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfo a wowiaa aboa no anaa dekode no fii ne nkyɛn no tua ne wura no ka. \v 13 Sɛ akekaboa na okum no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara. \p \v 14 “Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforo bi fi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa opira, bere a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka. \v 15 Na sɛ ne wura no wɔ hɔ de a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfo no tua ka, efisɛ wobuu eyi nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu. \s1 Abrabɔ Ho Mmara \p \v 16 “Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa ɔbea bi a ɔnyɛɛ ne ho ade na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho ade na ɔware no. \v 17 Sɛ ɔbea no agya se ɔmpene aware no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne ti sika. \p \v 18 “Munkum mmea nkonyaayifo. \p \v 19 “Ɔbarima biara a ɔbɛfa aboa bi no, wonkum no. \p \v 20 “Obiara a obefi \nd Awurade\nd* akyi abɔ onyame foforo bi afɔre no, wonkum no. \p \v 21 “Monnyɛ ɔhɔho ayayade, efisɛ na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim. \p \v 22 “Munnsisi akunafo anaa ayisaa; \v 23 na sɛ moyɛ saa na wosu frɛ me a, megye wɔn so. \v 24 Mede mʼabufuw betia mo na mama atamfo dɔm akum mo na mo yerenom nso adan akunafo ama mo mma nso ayɛ ayisaa bi. \p \v 25 “Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara. \v 26 Sɛ wugye ne ntama de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼade kɔma no. \v 27 Efisɛ ebia na ntama a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hyew ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ osu frɛ me a, metie na mahu no mmɔbɔ, efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo. \p \v 28 “Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanyimfo anaa mo atemmufo anaa wɔn a wodi mo so. \p \v 29 “Momfa mo nnɔbae mu nkyɛmu du mu baako mmrɛ me ntɛm so. \p “Saa ara nso na muntua mo mmakan mmarima nkwagye ho ka no. \v 30 Ma wo nantwi anaa wo guan abakan no ne ne na ntena nnanson, na da a ɛto so awotwe no, fa no brɛ me. \p \v 31 “Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me nti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Munnyaw ne funu no mma akraman mmɛwe. \c 23 \s1 Atɛntrenee Ho Mmara \p \v 1 “Monkeka nkontomposɛm. Mo ne ɔbɔnefo nni nsawɔso, na moanni adansekurum. \p \v 2 “Mommfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ moredi adanse a, monnhwɛ nnipa bi dodow so nni mmoa wɔn, \v 3 na munni adanse mmoa ohiani wɔ asennibea. \p \v 4 “Sɛ muhu mo tamfo nantwi anaa nʼafurum a wayera a, monkyere no nkɔma ne wura no. \v 5 Sɛ mokɔto sɛ mo tamfo bi repagyaw nʼafurum agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, monntwa ne ho nkɔ, mmom mommoa no. \p \v 6 “Mommfa atɛntrenee nkame ahiafo wɔ asennibea. \v 7 Mommfa asɛm a munhui nto obi a odi bem anaa ɔnokwafo so mma wonkum no, efisɛ merennyaa ɔfɔdifo. \p \v 8 “Munnye adanmude na adanmudegye fura onipa ani. Adanmudegye ma nea nʼasɛm yɛ dɛ no asɛm sɛe. \p \v 9 “Monnhyɛ ɔnanani so; mo ankasa munim sɛnea ɔnananiyɛ te, efisɛ na moyɛ ananafo wɔ Misraim. \s1 Homeda Ho Mmara \p \v 10 “Munnua na muntwa no nnɔbae ntoatoa so saa ara nkosi mfe asia, \v 11 nanso afe a ɛto so ason so de, momma asase no nna hɔ kwa mma ahiafo ntwa nnɔbae biara a ebenyin wɔ so no; nkae no, munnyaw mma mmoa nwe. Saa ara na monyɛ mo bobeturo ne wo ngonnua turo nso. \p \v 12 “Nnansia na momfa nyɛ adwuma na monhome ne nnanson so. Eyi bɛma mo anantwi, mo mfurum, mo fifo, mo asomfo ne mo ahɔho nso ahome. \p \v 13 “Munni asɛm biara a maka no so. Monnkankye mmɔ onyame foforo biara din; momma wɔnnte bi mmfi mo ano.” \s1 Afe Mu Afahyɛ Abiɛsa No Ho Mmara \p \v 14 “Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me anuonyam. \p \v 15 “Nea edi kan no, munni Apiti Afahyɛ no. Sɛ edu so a, munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson, sɛnea mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔsram Abib\f + \fr 23.15 \fr*\ft Yudafo ɔsram a ɛne asranna ɔsram Ɔbɛnem hyia.\ft*\f* mu, ɔsram a mode tu fii Misraim no mu. \p “Edu saa bere no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔde. \p \v 16 “Ɛno akyi no, Otwabere Afahyɛ\f + \fr 23.16 \fr*\ft Otwa Nnapa no ara na wɔfrɛ no Nnaawɔtwe Afahyɛ, efisɛ wɔhyɛ saa fa no Twam akyi ɔsram no nnaawɔtwe abiɛsa. Ɛne otwa no awiei hyia.\ft*\f* na edi so. Saa afahyɛ yi du so a, momfa mo aduankan mmrɛ me. \p “Nea etwa to yɛ nnɔbae anoboa afahyɛ\f + \fr 23.16 \fr*\ft Anoboa Afahyɛ no na ɛkyerɛ sɛ otwa no aba nʼawie.\ft*\f* a ɛsɛ sɛ wodi no otwa bere no akyi. \p \v 17 “Afahyɛ ahorow abiɛsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba \nd Awurade\nd* Nyankopɔn anim. \p \v 18 “Mommfa biribiara a mmɔkaw wɔ mu mmɔ mogya afɔre mma me. \p “Saa ara na ɛnsɛ sɛ mʼafahyɛ afɔrebɔde mu srade no tena hɔ ma ade kye so. \p \v 19 “Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn fi. \p “Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu. \s1 Onyankopɔn Bammɔ Ho Bɔhyɛ \p \v 20 “Meresoma ɔbɔfo na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo. \v 21 Momfa nidi mma no na munni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, efisɛ ɔremfa mo amumɔyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ me nsiananmu, na me din na ɛda ne so. \v 22 Na sɛ motɔ mo bo ase, na mutie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfo atia mo atamfo. \v 23 Me bɔfo bedi mo anim de mo aba Amorifo, Hetifo, Perisifo, Kanaanfo, Hewifo ne Yebusifo asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim. \v 24 Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔre mma wɔn da biara da. Munnni saa abosonsomfo yi akyi. Munni wɔn so na mummubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasede no ngu. \v 25 Mo \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn nko ara na monsom no. Na mehyira mo ama moanya aduan ne nsu na meyi nyarewa nyinaa afi mo so. \v 26 Ɔpɔn anaa abonin remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo. \p \v 27 “\nd Awurade\nd* ho hu bɛka aman a mubedi wɔn so no so nnipa nyinaa na wɔaguan wɔ mo anim. \v 28 Mɛma kotokurodu abɛpam Hewifo, Kanaanfo ne Hetifo afi mo anim. \v 29 Merenyɛ eyinom nyinaa afe baako pɛ mu na asase no annan sare amma nkekaboa ammu amfa mo so. \v 30 Mɛpam wɔn nkakrankakra kosi sɛ mobɛdɔɔso, atumi ahyɛ asase no so ma. \p \v 31 “Mɛto mo ahye afi Po Kɔkɔɔ no ano akosi Filistifo mpoano, na mede afi sare a ɛwɔ anafo fam no so akosi Asu Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afi mo anim. \v 32 Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara. \v 33 Mommma wɔmmɛtena mo mu, anyɛ saa a wɔbɛma mo ayɛ bɔne atia me; esiane sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, wɔn abosonsom no som bɛyɛ afiri a ebeyi mo.” \c 24 \s1 Israelfo Gye Apam No To Mu \p \v 1 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me. \v 2 Mose nko ara na ɔbɛbɛn \nd Awurade\nd*; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twiw bɛn bepɔw no koraa.” \p \v 3 Mose kaa mmara a \nd Awurade\nd* hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yebedi ne nyinaa so.” \v 4 Mose kyerɛw \nd Awurade\nd* mmara no nyinaa guu hɔ. \p Ade kyee anɔpa no, osii afɔremuka wɔ bepɔw no ase. Ɔde adum dumien twaa ho hyiae, efisɛ na Israel mmusuakuw no yɛ dumien. \v 5 Afei, ɔsomaa mmabun a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre mma \nd Awurade\nd*. \v 6 Mose sɔn mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, na ɔtow fa a aka no petee afɔremuka no so. \v 7 Ɔkenkan nhoma a wakyerɛw a ɛyɛ Apam Nhoma a \nd Awurade\nd* akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio se, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yebedi mmara no nyinaa so.” \p \v 8 Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankye no mu no petee nnipa no so kae se, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne \nd Awurade\nd* ayɛ ne mmara a ɔde ama mo no mu den.” \p \v 9 Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson no foro kɔɔ bepɔw no so \v 10 na wohuu Israel Nyankopɔn. Na nʼanan ntiaso hyerɛn te sɛ hoabo a ne hyerɛn te sɛ wim ahosu. \v 11 Ɛwɔ mu sɛ mpanyimfo no huu Onyankopɔn de, nanso wansɛe wɔn. Nokwarem, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim. \p \v 12 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw so ha na tena ha, na mede mmaransɛm a makyerɛw agu ɔbo so no bɛma wo, na woafa so akyerɛkyerɛ nnipa no.” \p \v 13 Enti Mose ne ne boafo Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so. \v 14 Ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Montena ha ntwɛn yɛn kosi sɛ yɛbɛba. Sɛ asɛm bi kyere obi so a, obetumi akɔ Aaron ne Hur nkyɛn.” \p \v 15 Mose foro kɔɔ bepɔw no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. \v 16 Na \nd Awurade\nd* anuonyam hyɛɛ Sinai bepɔw no so ma. Na omununkum sii bepɔw no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose fii omununkum no mu. \v 17 Wɔn a wɔwɔ bepɔw no ase no huu anwonwade no. Na \nd Awurade\nd* anuonyam a ɛwɔ bepɔw no so no te sɛ ogya a ɛredɛw. \v 18 Na Mose yeraa wɔ bepɔw no so mununkum no mu. Odii bepɔw no so adaduanan. \c 25 \s1 Hyiadan Afɔrebɔ \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, wɔmmɔ afɔre mma me. \b \li4 \v 3 “Saa nneɛma a edidi so yi mu na womfi mmɔ me afɔre no: \b \li1 “sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, \li1 \v 4 ntama tuntum, koogyan bibiri tam; koogyan tam, sirikyi, \li1 abirekyi ho nwi, \li1 \v 5 odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyi nhoma, \li1 ɔkanto dua, \li1 \v 6 kanea ngo, \li1 ɔsra ngo, nnuhuam a wɔhyewee, \li1 \v 7 abo a nʼahosu te sɛ apopobibiri, abo a wɔde betuatua asɔfotade\f + \fr 25.7 \fr*\ft asɔfotade yuu no, ɔsɔfopanyin no nko ara na ɔhyɛ (\+xt 28.6-14\+xt*).\ft*\f* ne nkatabo mu. \b \p \v 8 “Afei monyɛ kronkronbea mma me, na mɛtena wɔn mu. \v 9 Monyɛ ntamadan yi ne ne nsiesiemu nyinaa sɛnea mɛkyerɛ mo no pɛpɛɛpɛ. \s1 Apam Adaka No Yɛbea \p \v 10 “Momfa ɔkanto dua nyɛ Apam Adaka a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne fa na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abien ne fa. \v 11 Na momfa sikakɔkɔɔ ankasa nnura ho ne mu nyinaa. \v 12 Momfa sikakɔkɔɔ nkaa anan nhyehyɛ adaka no anan anan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkaa no abien nkɔ ɔfa baako na abien a aka no nso nkɔ fa. \v 13 Fa ɔkanto sen mmaa, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho. \v 14 Fa mmaa no hyehyɛ nkaa no mu na wɔde asoa apam adaka no. \v 15 Munnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfi nkaa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ. \v 16 Muwie adaka no a, momfa ɔbo a makyerɛw Mmaransɛm Du no agu so no nto mu. \p \v 17 “Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no ti a ne ntwemu yɛ basafa abien ne fa na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne kakra. Ɛha ne baabi a mubenya mo bɔne so ahummɔbɔ afi. \v 18 Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kerubim abien. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkataso atifi na momfa ɔbaako nsi anafo. \v 19 Fa kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no nyɛ mua. \v 20 Kerubim a wɔyɛ abɔfo no bedi nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpata agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so. \v 21 Momfa ɔbo kyerɛwpon a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so. \v 22 Na mehyia mo wɔ hɔ na makasa afi mpata agua wɔ soro hɔ afa abɔfo no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfo no adi akyerɛ mo. \s1 Ɔpon No Yɛbea \p \v 23 “Momfa ɔkanto dua nyɛ ɔpon a ne ntwemu mu yɛ anammɔn abiɛsa, ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa. \v 24 Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankare ntwa ho nhyia. \v 25 Yɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twa ɔpon no ano ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankare fa ho. \v 26 Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan na fa nkaa anan no tuatua nʼanan anan no biara akyi \v 27 twɔtwɔw so wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkaa a wɔde bɛma ɔpon no so asoa no mu. \v 28 Fa ɔkanto yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho. \v 29 Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ nsanka, mprɛte, ntere, nhina ne nsatoa. \v 30 Da biara, fa brodo to ɔpon no so wɔ mʼanim. \s1 Kaneadua Yɛbea \p \v 31 “Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, akanea no nhwiren ne ɛho asiesie no nyinaa nyɛ ade baako. \v 32 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no benya nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa. \v 33 Momfa nhwiren abiɛsa nsiesie nkorata biara ho. \v 34 Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwinni mfa nsiesie no. \v 35 Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso bɛwɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so. \v 36 Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ ade baako a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro ayɛ. \p \v 37 “Monyɛ akanea dua ntuatuaho ason wɔ kaneadua no ho wɔ ɔkwan bi so a ne hyerɛn no bɛtow hann agu nʼanim. \v 38 Kanea ntamabamma adabaw no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ ankasa nyɛ. \v 39 Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan na ɛho behia sɛ mode bɛyɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa. \v 40 Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛnea makyerɛ mo wɔ bepɔw so ha yi no. \c 26 \s1 Ahyiae Ntamadan Ho Nhyehyɛe \p \v 1 “Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a woafura bamma du ne ntama a wɔahyɛ no aduru tuntum, ɔtam bibiri, koogyan a wɔanwen kerubim sɛso agu mu si Ahyiae Ntamadan no. \v 2 Ɛsɛ sɛ nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia. \v 3 Mompam saa ntama no anum mmɔ mu mma ɛnyɛ baako. Anum a aka no nso, monyɛ no saa ara. \v 4 Momfa ntama bibiri bamma aduonum nwurawura ntama no afa abien a ɛsensɛn hɔ no mu. \v 5 Ɛsɛ sɛ mobɔ nkɔtɔkoro aduonum ma edi nhwɛanim wɔ ɔfa biara. \v 6 Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkoro aduonum na fa kyekyere nkɔtɔkoro no bɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ na Ahyiae Ntamadan hɔ no bɛyɛ ɔdan baako. \p \v 7 “Monwen mmirekyi nwi mfa nkuru Ahyiae Ntamadan no so. Ɛsɛ sɛ nkuruso no dodow yɛ dubaako. \v 8 Nkurusotam dubaako no nyinaa tenten ne ne trɛw nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw nyɛ anammɔn asia. \v 9 Ka saa nkataso yi anum bɔ mu na ɛnyɛ ade tɛtrɛɛ baako; na fa asia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ ade tɛtrɛɛ baako. Wobebu nkuruso a ɛto so asia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɔdan kronkron no nhiniano. \v 10 Yɛ nkɔtɔkoro aduonum aduonum a wɔabobɔ hyehyɛ ntama asinasin akuw abien no biara ano. \v 11 Na yɛ nsusomu aduonum na fa saa nsusomu no hyehyɛ nkɔtɔkoro no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua. \v 12 Ɔdan no nkurusotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiae Ntamadan no akyi, \v 13 na anammɔn baako ne fa nso asensɛn anim. \v 14 Momfa nneɛma ahorow abien mmɔ ɔdan no so. Nea edi kan no nyɛ odwennini were a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien nyɛ abirekyi were a ɛsɔ. \p \v 15 “Fa ɔkanto yɛ ntaaboo na fa twa Ahyiae Ntamadan no ho. \v 16 Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra. \v 17 Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ. \v 18 Mobɛyɛ Ahyiae Ntamadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafo. \v 19 Wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so; nnyinaso no abien abien nhyehyɛ mpuran biara ase. \v 20 Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho. \v 21 Ɛno nso wɔde besisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so. \v 22 Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso wɔde ntaaboo asia na ebetwa ho \v 23 a ntaaboo abien sisi twea biara. \v 24 Wɔde nkɔtɔkoro besuso ntaaboo abien no soro ne ne fam. \v 25 Wɔka ne nyinaa bɔ mu a, ntaaboo awotwe na wɔde bɛyɛ ɔdan no fa hɔ a wɔde besisi dwetɛ nsisiso dunsia so. Mpuran biara bɛfa nsisiso abien. \p \v 26 “Fa ɔkanto sen mmeamu nnua bi na fa bea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum nkɔ ntaaboo no fa baako \v 27 na anum a aka no nso nkɔ ɔfa baako. Fa mmeamu nnua no anum bobɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi, a ani kyerɛ atɔe fam no. \v 28 Ma mmeamu dua a ɛbea mfimfini no nkɔ ntaaboo no soro kakra mma emfi ti nkɔka ti. \v 29 Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkaa suso mmeamu dua no mu na ennyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho. \p \v 30 “Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiae Ntamadan no. \p \v 31 “Fa ntama tuntum, koogyan bibiri, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamtam a wɔanwen kerubim sɛso agu mu no. \v 32 Fa sɛn ɔkanto nnua fadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsusomu anan suso ano no so. Ma ɔfadum anan no mu biara nsi dwetɛ nnyinaso anan no baako so. \v 33 Fa ntwamtam no sensɛn nsusomu no so na fa twa ɔdan no mu. Fa adaka a ɔbo a wɔakyerɛw Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntama ntwamu no akyi. Ntama ntwamu no betwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam. \v 34 Afei, fa adaka no mmuaso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ. \v 35 Fa ɔpon no ne kaneadua no twa dan no mu wɔ ntwamtam no akyi. Kaneadua no besi kronkronbea no anafo, na ɔpon no asi nʼatifi. \p \v 36 “Fa ntama foforo a ɛyɛ ɔtam bibiri ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim. \v 37 Fa saa ntwamtam no sɛn ɔkanto mpuran anum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsusomu no so. Wɔde saa mpuran no besisi ayowa ntaease anum no mu. \c 27 \s1 Ɔhyew Afɔrebɔ Afɔremuka Ho Nhyehyɛe \p \v 1 “Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ma enyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa. \v 2 Yɛ mmɛn anan tuatua afɔremuka no ntwea anan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Ɔkanto a wode bɛyɛ afɔremuka no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no. \v 3 Bokiti a nsõ begu mu, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nsramma nkankye nyinaa, kɔbere na fa yɛ. \v 4 Fa kɔbere yɛ ntwitae na fa dade nkaa hyehyɛ ne ntwea anan no so. \v 5 Fa ntwitae no hyɛ nsramma kuruwa no mu na fa si afɔremuka no basa a wɔayɛ no so. \v 6 Fa ɔkanto sen nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔremuka no. \v 7 Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkaa a mode atuatua afɔremuka no ho no mu. \v 8 Ntaaboo na momfa nyɛ afɔremuka no. Momma emu nna kwan sɛnea mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔw no so no. \p \v 9 “Twa adiwo ma Ahyiae Ntamadan no na fa ntama a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nkataano a ɛsɛn anafo no tenten no nyɛ anammɔn ɔha aduonum \v 10 a kɔbere nnua aduonu a esisi kɔbere nnyinaso aduonu mu no suso mu. Dwetɛ nkɔtɔkoro ne dwetɛ ntwea a ɛtetare dwetɛ afadum no ho no na ebesuso nsɛnanim no mu. \v 11 Adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanim a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinaso mu a dwetɛ nkɔtɔkoro ne ne ntwea tetare ho na ebegyina no. \p \v 12 “Adiwo no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no trɛw bɛyɛ anammɔn aduɔson anum a ekura nnua du a ntokuru du deda mu. \v 13 Apuei fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson anum saa ara. \v 14 Baabi a ne kwan da nʼapuei fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu suso mu no nsɛn ano. \v 15 Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔe fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa nsɛn ano. Nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu na ebesuso nsɛnanotam no mu. \p \v 16 “Adiwo hɔ no ano kwan nyɛ ntama nsɛnanim a ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan bedi mu adwinni fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua anan a esisi ne nnyinaso mu no nso besuso nsɛnanotam no mu. \v 17 Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adiwo hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntwea a dwetɛ suso mu, na nʼase no nso wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinaso apipiripi mu. \v 18 Enti adiwo hɔ tenten mu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso ayɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nkataano a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasu, a ne sorokɔ nso bɛyɛ anammɔn ason ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adiwo hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinaso no mu. \v 19 Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ nkankye a wɔde nneɛma gu mu, ne nnyinaso a wɔde nkankyee bɛsensɛn so wɔ ɔfasu ho no wɔ hɔ. \p \v 20 “Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa ngo kronkron a wɔde begu akanea a daa nyinaa ebesi so no mmrɛ wo. \v 21 Aaron ne ne mmabarima na wɔde akanea a ennum da no besi Ahyiae Ntamadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrennum. Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfo di so daa. \c 28 \s1 Asɔfotade \p \v 1 “Yi wo nua Aaron ne ne mmabarima Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar na tew wɔn ho na wɔnyɛ asɔfo nsom me. \v 2 Pam atade kronkron ma wo nua Aaron na ama anuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atade no na ɛnyɛ fɛ, sɛnea ɛbɛma afata nʼadwuma no. \v 3 Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atade no. Ɛno na ɛbɛma no ada nsow wɔ ne mfɛfo mu na ama watumi asom me. \v 4 Ntade ahorow a wɔbɛpam no ni: adɛbo asɔfotade, atade yuu, atade kɔnsin a ɛyɛ adamadam, abotiri ne nkyekyeremu. Wɔbɛpam ntade kronkron bi nso de ama Aaron mmabarima no. \v 5 Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwen na ɛbɛpam. \p \v 6 “Ma ntamanwen mu adwumfo papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafura nyɛ asɔfotade no. \v 7 Wɔbɛpam no asinasin abien a ɛyɛ anim ne akyi a wɔapam ne mmati no so abɔ mu. \v 8 Nkyekyeremu no bɛyɛ ntama koro no ara bi. Ɛbɛyɛ asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan. \p \v 9 “Fa apopobibiri abo abien na kyerɛw Israelfo mmusuakuw no din gu so. \v 10 Ɔbo biara, wɔnkyerɛw din asia ngu so, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bedidi so mpanyin mu. \v 11 Fa ɔkwan a aboɔdemmotwafo si fa twa din gu adwinne so no so kyerɛw din ahorow no sɛnea Israel mma no din te, na fa sika mmuano twa ho hyia. \v 12 Fa abo abien no sisi asɔfotade no mmati so na ɛnyɛ nkae ade mma Israelfo. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ \nd Awurade\nd*. \v 13 Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim \v 14 ne ntweaban abien a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare ntetareho a ɛwɔ asɔfotade no mmati so no mu. \p \v 15 “Momma odwumfo a nʼadwinni yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmu adɛbo no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsrade, tuntum, bibiri ne koogyan na ɛmpam adɛbo no sɛnea mode pam asɔfotade no. \v 16 Mummu adɛbo no nto so na ɛnyɛ sɛ ntama nkotoku. \v 17 Momfa abo a ɛsom bo a ɛsesa so anan mmobɔ mu. Nea a edi kan no nyɛ bogyanambo, nea ɛto so abien no nyɛ akraatebo na nea etwa to no nyɛ ɔbo a ɛte sɛ ahabammono. \v 18 Nsaso a ɛto so abien no nyɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo. \v 19 Nsaso a ɛto so abiɛsa no nso bɛyɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo. \v 20 Nsaso a ɛto so anan no bɛyɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo. Sikakɔkɔɔ mmuano ntwa ne nyinaa ho nhyia. \v 21 Ɔbo no baako biara begyina hɔ ama Israel mmusuakuw no baako. Na wɔbɛkyerɛw abusua ko no din agu so sɛ nsɔwanode. \p \v 22 “Ɔkwan a mobɛfa so de adɛbo no afam asɔfotade no mu ni: yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban. \v 23 Yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien, na fa tetare adɛbo no twɔtwɔw so. \v 24 Fa sikakɔkɔɔ ntweaban abien no hyehyɛ adɛbo no nkaa abien no twɔtwɔw so, \v 25 ntweaban abien a aka no fa biara nso, wɔmfa ntare ɔbo a ɛte sɛ apopobibiri no apɔw abien no so nsan mfa ntare asɔfotade no mmati so. \v 26 Yɛ sika nkaa abien na fa hyehyɛ adɛbo ntwea abien a ɛwɔ fam no mu. \v 27 San yɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ asɔfotade no ntwea so wɔ fam ma ɛnka nkyekyeremu no. \v 28 Fa bibiri hama kyekyere adɛbo no ase na fa hyehyɛ nkaa a ɛwɔ asɔfotade no ase no mu. Eyi remma adɛbo no mfi asɔfotade no ho ntew nsensɛn. \p \v 29 “Aaron bɛfa saa kwan yi so na ɔde Israel mmusuakuw no din a ɛwɔ adɛbo no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na eyi na ɛbɛma Awurade akae Israelman bere nyinaa mu. \v 30 Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim\f + \fr 28.30 \fr*\ft Urim ne Tumim yɛ nneɛma bi a wɔnam so hu Onyankopɔn apɛde.\ft*\f* a ase ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adɛbo a ɛda ne koko so no kotoku mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ \nd Awurade\nd* apɛde de ma ne nkurɔfo no bere biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no. \p \v 31 “Wɔde ntama tuntum na ɛbɛpam asɔfotade no \v 32 na wɔagyaw ɔkwan bi a Aaron de ne ti bewura mu. Ɛsɛ sɛ wɔde ntama a wɔanwen to atade no kɔn mu hyia, na ansuane amfa mu. \v 33 Wɔde ntama tuntum, bibiri ne koogyan na ɛbɛpam ato ano. \v 34 Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ adɔmma ne atoaa aba a edi afrafra twa asɔfotade no mmuano ho hyia. \v 35 Bere biara a Aaron bɛkɔ \nd Awurade\nd* anim akɔsɔre no, saa asɔfotade yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ \nd Awurade\nd* anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na dɔn no rewosow sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu. \p \v 36 “Afei, boro sikakɔkɔɔ ankasa ma ɛnyɛ tratraa sɛ prɛte na kyerɛw so sɛnea wokurukyerɛw nsɔwanode so no se: \pc Kronkron Ma \nd Awurade\nd*. \m \v 37 Wɔde ntama tuntum beso mu asensɛn Aaron abotiri no anim. \v 38 Aaron de saa ade no bɛbɔ ne moma so sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfo no bɔ afɔre biara na mfomso ba ho a, ɛho asodi bɛda ne so, na \nd Awurade\nd* agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn. \p \v 39 “Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwen Aaron atade kɔnsin no. Ma ɛnyɛ adamadam na fa ntama koro no ara bi pam abotiri na nwen biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu. \v 40 Pam atade yuu ne nkyekyeremu ne abotiri ma Aaron mmabarima na momfa obu ne nidi mma wɔn. \v 41 Saa ntade yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmabarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfo wɔ ɔsom no mu, na momfa ntew wɔn ho sɛ asɔfo a wɔyɛ me dea. \p \v 42 “Mompam sirikyi ntade a efi wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntade no agu so. \v 43 Bere biara a Aaron ne ne mmabarima no rekɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔremuka no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a afɔbu bɛba wɔn so ama wɔawuwu. \p “Eyi yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmabarima. \c 29 \s1 Asɔfohyɛ \p \v 1 “Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo ni: Momfa nantwi ba ne adwennini abien a wɔn ho nni dɛm. \v 2 Na momfa esiam muhumuhu a mmɔkaw nni mu nyɛ brodo a ɛyɛ dɛ ne tetare a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so. \v 3 Fa brodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwi ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiae Ntamadan no ano. \v 4 Momfa Aaron ne ne mmabarima no mmra Ahyiae Ntamadan no kwan ano hɔ, na momfa nsu nguare wɔn. \v 5 Momfa Aaron atade yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atade kɔnsin no, nʼasɔfotade no ne adɛbo no ne nkyekyeremu no, \v 6 na momfa abotiri a sikakɔkɔɔ bobɔ mu no mmɔ no. \v 7 Momfa ɔsrango no na munhwie ngu ne ti so. \v 8 Ne mmabarima no nso, momfa wɔn ntade yuu no nhyehyɛ wɔn. \v 9 Momfa wɔn nkyekyeremu no nka wɔn ho. Saa kwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefo mma wɔnyɛ asɔfo daa nyinaa. \p \v 10 “Mode nantwi ba no bɛba Ahyiae Ntamadan no anim na Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa agu aboa no apampam. \v 11 Munkum no wɔ \nd Awurade\nd* anim wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. \v 12 Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na munhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔremuka no ase. \v 13 Munyi ne mu srade no ne ne bɔnwoma kotoku no ne ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho no na monhyew no wɔ afɔremuka no so. \v 14 Mmom momfa aboa no ne ne were ne nʼagyanan no mfi hɔ nkɔ afikyiri na monkɔhyew no sɛ bɔne ho afɔrebɔ. \p \v 15 “Sɛ wɔrebekum adwennini no nso a, Aaron ne ne mmabarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam \v 16 na wonkum no. Wɔnsɔw ne mogya no na wɔmfa mpete afɔremuka no ho nyinaa. \v 17 Twitwa odwennini no asinasin na hohoro nʼayamde no mu ne nʼanan no ho; fa ne ti no ne nea moatwitwa no gu faako \v 18 na monhyew no wɔ afɔremuka no so; ɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. \p \v 19 “Momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmabarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam, \v 20 Munkum no na monsɔw mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmabarima no aso nifa, wɔn kokurobeti nifa ne wɔn anan nifa kokurobeti so. Afei mompete nkae no ngu afɔremuka no ho nyinaa. \v 21 Montworɔw mogya a ɛwɔ afɔremuka no so no bi na momfa mfra ɔsrango na momfa mpete Aaron ne ne mmabarima no so ne wɔn ntade mu. Ɛnam saa so bɛma wɔn ne wɔn ntade ho atew wɔ Awurade anim. \p \v 22 “Momfa odwennini no srade ne ne dua ne ne mu srade ne ne bɔnwoma kotoku ne nʼasaabo abien ne ɛho srade ne ne srɛ nifa. Eyi ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmabarima asɔfo no. \v 23 Momfa brodo mua baako ne tetare a wɔde ɔsrango afra, na munyi ɔfam baako mfi kɛntɛn a wɔde brodo a mmɔkaw nni mu agu mu a wɔde asi \nd Awurade\nd* anim no mu. \v 24 Momfa eyinom nhyɛ Aaron ne ne mmabarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ afɔrebɔde mma \nd Awurade\nd*. \v 25 Ɛno akyi no, munnye mfi wɔn nsam na monhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ohuam afɔre mma no. \v 26 Momfa Aaron asɔfohyɛguan no yan no a munhim wɔ \nd Awurade\nd* anim sɛ ohim afɔrebɔ, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa. \p \v 27 “Montew asɔfohyɛ dwennini no akwaa, ne koko a wohimii ne ne srɛ a wɔde mae a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima de no ho. \v 28 Ɛsɛ sɛ eyi yɛ Israelfo asɛde sɛ wɔbɛyɛ ama Aaron ne ne mmabarima. Ɛyɛ Israelfo no fam asomdwoe afɔre a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma \nd Awurade\nd*. \p \v 29 “Aaron ntade kronkron yi bɛyɛ nʼasefo de na wɔatumi ahyɛ ama wɔasra wɔn ngo ahyɛ wɔn asɔfo. \v 30 Ɔsɔfopanyin biara a obedi Aaron ade no bɛhyɛ saa ntade yi nnanson ansa na wafi nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ne kronkronbea hɔ. \p \v 31 “Fa odwennini no nam a wɔatew ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfo no na monnoa no wɔ baabi a ɛhɔ tew. \v 32 Aaron ne ne mmabarima bedi brodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde nam no abɔ so wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. \v 33 Wɔn nko ara na wɔbɛwe nam no adi nnuan a wɔde tew wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfo abusua no mu no renni bi, efisɛ wɔatew ho. \v 34 Sɛ ade kye asɔfohyɛ dwennini anaa brodo no bi so a, monhyew. Ɛnsɛ sɛ wodi, efisɛ ɛyɛ kronkron. \p \v 35 “Eyi ne ɔkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmabarima no asɔfo. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma. \v 36 Da biara, mode nantwi ba bɛbɔ afɔre de adwira mo ho. Ɛno akyi no, mompra afɔremuka no ho bɔne nyinaa na monyɛ no kronkron na monhwie ngo ngu so mfa ntew ho. \v 37 Montew afɔremuka no ho na daa monyɛ no kronkron saa ara nnanson mma Onyankopɔn. Ɛno akyi no, afɔremuka no ho bɛtew yiye sɛnea biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea. \p \v 38 “Da biara, momfa nguanten mma abien a wɔadi afe mmɔ afɔre wɔ afɔremuka no so. \v 39 Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔre anwummere. \v 40 Afɔrebɔ a edi kan no, momfa asikresiam lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi afi ngodua mu lita baako; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa. \v 41 Momfa oguan no baako a waka no mmɔ anwummere afɔre a asikresiam ne nsa ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔrehuam ama \nd Awurade\nd*. \p \v 42 “Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so da biara wɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano wɔ \nd Awurade\nd* anim. Ɛhɔ na mehyia mo ne mo akasa. \v 43 Na mehyia Israelmma wɔ hɔ na mʼanuonyam atew Ahyiae Ntamadan no ho. \p \v 44 “Ampa ara, mɛtew Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho ne Aaron ne ne mmabarima a wɔyɛ mʼasɔfo no ho. \v 45 Na mɛtena Israelfo mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn, \v 46 na wobehu sɛ mene \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn. Mede wɔn fi Misraim bae sɛnea ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn. \c 30 \s1 Aduhuam Afɔremuka \p \v 1 “Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ketewa bi a wobɛhyew aduhuam wɔ so. \v 2 Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abiɛsa a wɔasen; ne mmɛn a baako tua ho. \v 3 Fa sikakɔkɔɔ dura ne soro, ne nkyɛn ne ne mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ mmuano twa afɔremuka no ho nyinaa hyia. \v 4 Fa sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ mmuano no a ɛwɔ afanu no ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu. \v 5 Wɔmfa ɔkanto na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa. \v 6 Fa afɔremuka no si ntwamtam no akyi wɔ mpatabea hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ no ho ban. Mehyia mo wɔ hɔ. \p \v 7 “Da biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ afɔremuka no so. \v 8 Anwummere biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ Awurade anim ama awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa. \v 9 Monhyew aduhuam a wɔama ho kwan wɔ afɔremuka no so. Mommmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so. \v 10 Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔremuka no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a etuatua ho no so sɛ mpata. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔtew afɔremuka no ho yɛ no kronkron ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no so kosi awo ntoatoaso so. Ɛyɛ kronkron ma \nd Awurade\nd*.” \p \v 11 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 12 “Bere biara a wobɛkan Israelfo no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne kra ho mpata mmrɛ \nd Awurade\nd*, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so. \v 13 Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbona fa, a emu duru yɛ gram asia (sɛnea kronkronbea mu dwetɛbona bo te no.) \v 14 Obiara a wadi mfe aduonu rekɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔre yi. \v 15 Ɛnsɛ sɛ adefo ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato hɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ahiafo nso ma nea esua sen saa, efisɛ ɛyɛ \nd Awurade\nd* afɔre a ɔde retew yɛn ho ama yɛn. \v 16 Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiae Ntamadan no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma \nd Awurade\nd* ani aba mo, Israelfo, so na ayɛ mpata nso ama mo.” \p \v 17 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se. \v 18 “Fa kɔbere yɛ hweaseammɔ a ne nnyinaso nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na fa nsu gu mu. \v 19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mmabarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn anan ho \v 20 bere a wɔrekɔ Ahyiae Ntamadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ \nd Awurade\nd*, anaasɛ wɔrekɔ akɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka no so ama \nd Awurade\nd* no. Saa ara na bere biara a wɔrekodi saa dwuma yi no, \v 21 ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho na wɔanwuwu. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama Aaron ne nʼasefo, awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa.” \p \v 22 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 23 “Hwehwɛ nnuhuam papa sɛ kurobow a ɛyɛ kilogram asia, sinamon kilogram abiɛsa ne mmetire huamhuam kilogram abiɛsa. \v 24 Kurobow dodow a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodow na momfa ngodua mu ngo lita anan. \v 25 \nd Awurade\nd* ahyɛ nnuhuamfrafo a wakwadaw ne yɛ mu yiye, sɛ wɔmfra saa nnuhuam yi mma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde tew onipa ho. \v 26 Na momfa eyi ntew Ahyiae Ntamadan ne Apam Adaka, \v 27 ɔpon no ne ɛho nkankyee nyinaa, kaneadua no ɛho nneɛma, nnuhuam afɔremuka no, \v 28 ɔhyew afɔre ne ho nkankyee, ne hweaseammɔ ne nea esi so. \v 29 Montew ho na ɛnyɛ kronkron na biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi no ho atew. \p \v 30 “Monsra Aaron ne ne mmabarima no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtew na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma de asom me. \v 31 Na monka nkyerɛ Israelfo se, ‘Eyi bɛyɛ me srango kronkron ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no. \v 32 Ɛnsɛ sɛ wohwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ankasa nso moyɛ bi, efisɛ ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron. \v 33 Obiara a ɔbɛfra aduhuam a ɛte sɛ ɛno na obehwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfo so no, sɛ sɛ wo twa no asu.’ ” \p \v 34 \nd Awurade\nd* hyɛɛ mmara a ɛfa aduhuam no ho maa Mose se, “Fa nnuhuam atomude ne nworahuam ne prɛkɛsɛ huamhuam ne ohuamfufu gyenennyenen na wonsusuw ne nyinaa mu duru mma ɛnyɛ pɛ, \v 35 na fa yɛ aduhuam a wɔhyewee a aduhuamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhuam kronkron. \v 36 Monyam bi mma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim faako a mehyia mo wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ no. Saa aduhuam yi ne nea ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu. \v 37 Monnyɛ bi mfa, efisɛ wɔakora ama \nd Awurade\nd* enti ɛsɛ sɛ moyɛ no kronkron. \v 38 Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wontwa no asu.” \c 31 \s1 Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no \v 3 de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma \v 4 sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow, \v 5 sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa. \v 6 Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo. \b \li4 “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no: \b \li1 \v 7 “Ahyiae Ntamadan, \li1 Apam Adaka ne mpata agua ne \li1 Ahyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa; \li2 \v 8 ɔpon no ne so nneɛma, \li2 sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma, \li2 ohuam afɔremuka; \li2 \v 9 ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma, \li2 nsankason ne ne nnyinaso; \li1 \v 10 ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ no \li2 ne ne mma ntade bere a wɔsom sɛ asɔfo no; \li1 \v 11 ne ɔsra ngo ne Kronkronbea hɔ aduhuam no. \b \li4 “Ɛsɛ sɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa.” \p \v 12 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 13 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene \nd Awurade\nd* a meyɛ mo kronkron no.’ \p \v 14 “ ‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no. \v 15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma \nd Awurade\nd*. Ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no. \v 16 Ɛsɛ sɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu sɛ ɛyɛ apam afebɔɔ. \v 17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na \nd Awurade\nd* de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’ ” \p \v 18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no maa no. \c 32 \s1 Sika Nantwi Ba \p \v 1 Mose kyɛe wɔ bepɔw no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no se, “Ntɛm, yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yenhu baabi a Mose a odii yɛn anim de yɛn fi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.” \p \v 2 Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyiyi mo sika nsonkaa nyinaa mmra.” \v 3 Wɔn nyinaa yiyii wɔn nsonkaa brɛɛ Aaron. \v 4 Aaron nan sikakɔkɔɔ nsonkaa no, na ɔde oguu nantwi ba ohoni. Nnipa no nyinaa kae se, “Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.” \p \v 5 Aaron huu sɛ nnipa no ani agye sika nantwi ba ohoni no ho no, osii afɔremuka sii nantwi ba no anim kae se, “Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama \nd Awurade\nd*.” \v 6 Wɔsɔree anɔpahema fii ase bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre de maa nantwi ba ohoni no. Ɛno akyi no, wɔtoo pon kɛse, didi nomee, goruu abosongoru, yɛɛ ahuhude. \p \v 7 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ ntɛm na sian kɔ wo nkurɔfo a wode wɔn fi Misraim asase so bae no nkyɛn, efisɛ wɔagu wɔn ho fi, \v 8 na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔabɔ sika nantwi ba a wɔsom no, asan abɔ afɔre nso ama no aka se, ‘Israel, oyi ne mo nyame a oyii mo fii Misraim asase so bae no.’ ” \p \v 9 \nd Awurade\nd* kae se, “Mahu sɛnea saa nnipa yi si yɛ asoɔden na wɔsan yɛ atuatewfo fa. \v 10 Afei, ma me kwan na memma mʼabufuw nnɛw ntia wɔn mma mensɛe wɔn. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse.” \p \v 11 Nanso Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ saa. Ɔkɔɔ so se, “\nd Awurade\nd*, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wʼabufuw dɛw atia wo ara wo nkurɔfo a wonam anwonwakwan ne wo tumi so yii wɔn fii Misraim asase so yi? \v 12 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Misraimfo no ka se, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔw no so sɛnea obenya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afi asase so?’ Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae ɔsɛe a wopɛ sɛ wode ba wo nkurɔfo no so no. \v 13 Kae bɔ a wohyɛɛ wʼasomfo Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam se, ‘Mɛma mo asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefo na wɔatena so afebɔɔ.’ ” \v 14 Na \nd Awurade\nd* sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn. \p \v 15 Afei, Mose sian fii bepɔw no so bae a okura Mmaransɛm Du no a wɔakyerɛw agu abo apon abien akyi ne anim no. \v 16 Onyankopɔn no ankasa na ɔkyerɛw mmaransɛm no wɔ apon no so. \p \v 17 Bere a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose se, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!” \p \v 18 Ɛnna Mose nso buaa no se, “Ɛnyɛ nkonimdi mu nnyigyei na ɛnyɛ nkogu de, na mmom, ɛyɛ nnwonto nnyigyei na mete.” \p \v 19 Wobeduu atenae hɔ, Mose huu nantwi ba no ne asaw a wɔresaw. Enti ɔde abufuwhyew tow kyerɛwapon no hwehwee fam ma ebubuu wɔ bepɔw no ase. \v 20 Ɔfaa nantwi ba no nan no wɔ ogya mu na edwoe no, ɔyam no muhumuhu de guu nsu mu maa nnipa no nomee. \p \v 21 Obisaa Aaron se, “Dɛn nko ara na saa nnipa no yɛɛ wo a enti wudii wɔn anim ma wɔyɛɛ saa bɔne kɛse yi?” \p \v 22 Aaron buaa no se, “Mma wo bo mmfuw. Wo ara wunim sɛnea wo nkurɔfo yi yɛ nnipa bɔne fa. \v 23 Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn kwan na yennim nea ayɛ saa Mose a odii yɛn anim fii Misraim no.’ \v 24 Enti me nso mekae se, ‘Munyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkaa mma me.’ Woyiyi de maa me na mede guu gya mu. Ɛne saa nantwi ba no!” \p \v 25 Mose huu sɛ Aaron ama nnipa no adan aguamammɔfo ama wɔn atamfo anya wɔn no, \v 26 ogyinaa wɔn atenae hɔ pon no ano teɛɛ mu se, “Mo a mowɔ \nd Awurade\nd* afa no, mommra me nkyɛn.” Lewifo no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn. \p \v 27 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “\nd Awurade\nd* Israel Nyankopɔn se, ‘Momfa mo afoa nhyehyɛ mo ho na munni mo atenae hɔ akɔneaba, na munkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfo.’ ” \v 28 Enti wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ da no. \v 29 Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifo no se, “Nnɛ, moatu mo ho asi hɔ sɛ mobɛsom \nd Awurade\nd*, efisɛ moayɛ osetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti obehyira mo bebree.” \p \v 30 Ade kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsan akɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn wɔ bepɔw no so akɔhwɛ sɛ ebia, menya bɔnefakyɛ ama mo ana.” \p \v 31 Enti Mose san kɔɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame. \v 32 Enti meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din fi nhoma a woakyerɛw no mu.” \p \v 33 \nd Awurade\nd* buaa Mose se, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afi me nhoma mu. \v 34 Enti afei, kɔ na di nkurɔfo no anim kɔ baabi a mekyerɛɛ wo no na mehyɛ wo bɔ sɛ mɛma me bɔfo adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfo no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.” \p \v 35 Na esiane sɛ nnipa no som Aaron nantwi ba no nti, ɔtew ɔyare guu wɔn so. \c 33 \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Di saa nnipa a wode wɔn fi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, efisɛ mekae se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo.’ \v 2 Mɛsoma ɔbɔfo adi wʼanim na wapam Kanaanfo, Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. \v 3 Ɛyɛ asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so. Na me ne mo rentu saa kwan no efisɛ moyɛ nnipa a mo aso yɛ den, na anyɛ a na makɔsɛe mo wɔ ɔkwan so.” \p \v 4 Nnipa yi tee saa nsɛnhyew yi no, wotwaa agyaadwo na wɔworɔworɔw wɔn ho nkaa ne nnwinne nyinaa. \v 5 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se ɔnka nkyerɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mo aso yɛ den. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anyɛ a na matɔre mo ase. Monworɔworɔw mo nkaa ne mo nnwinne a mohyehyɛ no nyinaa na mehu nea mɛyɛ mo.” \v 6 Eyi akyi no, obiara worɔw ne nnwinne wɔ Bepɔw Horeb so. \p \v 7 Na Mose sii ahyiae ntamadan wɔ nsraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne \nd Awurade\nd* di nkitaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no din Ahyiae. \v 8 Bere biara a Mose bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre begyina wɔn ntamadan no ano hwɛ no kosi sɛ obedu ɔdan no ano. \v 9 Ɔrewura mu a, omununkum fadum behyia no wɔ ɔkwan no ano na \nd Awurade\nd* nam mu ne Mose akasa. \v 10 Bere biara a nnipa no behu omununkum fadum no sɛ egyina ntamadan no pon ano no, wɔn nyinaa bɛsɔre akotow nea wobehu wɔ wɔn ntamadan no pon ano no. \v 11 Ɔdan no mu, na \nd Awurade\nd* kasa kyerɛ Mose anim ne anim, sɛnea obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose san kɔ nsraban no hɔ a, aberante a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no de, ɔtena Ahyiae Ntamadan no mu ara kosi sɛ Mose bɛsan aba. \p \v 12 Mose ka kyerɛɛ \nd Awurade\nd* se, “Daa woka kyerɛ me se, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wuse woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔe bebree.’ \v 13 Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me faako a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo ase na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfi sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfo.” \p \v 14 Na \nd Awurade\nd* buaa no se, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.” \p \v 15 Nanso Mose kae se, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ de a, mma yemmfi ha nnkɔ. \v 16 Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hena na obehu sɛ me ne me nkurɔfo anya wo hɔ adom a ama nsonoe abɛda yɛn ne asase sofo a wɔaka no ntam?” \p \v 17 \nd Awurade\nd* buaa Mose se, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisade ama wo, efisɛ woanya ahummɔbɔ afi me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.” \p \v 18 Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn anuonyam. \p \v 19 \nd Awurade\nd* buae se, “Mɛma mo ahu mʼadɔe, na mɛbɔ me din \nd Awurade\nd* no akyerɛ mo. Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ sɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe. \v 20 Nanso morenhu mʼanuonyam, efisɛ obiara renhu mʼanim ntena nkwa mu. \p \v 21 “Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha. \v 22 Na sɛ mʼanuonyam resen a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so akosi sɛ metwa mu. \v 23 Afei, meyi me nsa na woahu mʼakyi, na mʼanim de, ɛnsɛ sɛ wohu.” \c 34 \s1 Onyankopɔn Kyerɛw Apam No Bio \p \v 1 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ abo kyerɛw apon abien te sɛ nea woyɛɛ kan no na mɛkyerɛw mmara koro no ara sɛnea na ɛwɔ nea wububuu mu no so ara pɛ ama wo. \v 2 Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔw so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me. \v 3 Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔw no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔw no.” \p \v 4 Enti Mose twaa kyerɛw apon abien te sɛ kan de no de kɔɔ Sinai Bepɔw so anɔpahema sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛe no no. \v 5 \nd Awurade\nd* sian baa sɛ omununkum fadum begyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron \nd Awurade\nd* no. \v 6 \nd Awurade\nd* faa Mose anim frɛɛ no kae se, “Me, \nd Awurade\nd*, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo a me bo kyɛ fuw na mewɔ ɔdɔ na midi nokware nso; \v 7 me \nd Awurade\nd*, medɔ nnipa mpempem na mede atirimɔden, atuatew ne bɔne kyɛ. Nanso metwe afɔdi aso na metwe Agyanom, mma ne nananom aso kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan aso.” \p \v 8 Mose kotow \nd Awurade\nd* som no. \v 9 Ɔkae se, “Sɛ ɛyɛ nokware pa ara sɛ woagye me ato mu de a, \nd Awurade\nd*, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi aso yɛ den de, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.” \p \v 10 \nd Awurade\nd* buae se, “Eye, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Merebɛyɛ anwonwade bi a bi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfo nyinaa ahu tumi a \nd Awurade\nd* wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumide no. \v 11 Wo fam de a wobɛyɛ ara ne sɛ, wubetie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifo, Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no nyinaa afi wʼanim. \v 12 Hwɛ wo ho so yiye pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufo ampam, anyɛ saa a, wɔbɛyɛ mfiri wɔ mo mu a ebeyiyi mo. \v 13 Bubu wɔn abosonsom afɔremuka no. Sɛe wɔn abo adum no na muntutu wɔn abosom no ngu. \v 14 Na monnsom onyame foforo biara nka \nd Awurade\nd* ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no. \p \v 15 “Wo ne onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoe apam biara, efisɛ wonni me nokware, na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn yɛ adwene a, wɔbɛto nsa afrɛ wo ama woakodi wɔn abosom so nnuan. \v 16 Afei nso, ɛyɛ saa a, mubegye wɔn mmabea aware ama mo mmabarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me. \p \v 17 “Monnyɛ ahoni biara. \p \v 18 “Munni Apiti Afahyɛ no. Munni brodo a mmɔkaw nni mu nnanson sɛnea meka kyerɛɛ mo no. Monyɛ eyi afe biara mu ɔsram Abib (Yudafo ɔsram a edi kan) mu, efisɛ saa ɔsram no mu na mutu fii Misraim. \p \v 19 “Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwi, oguan anaa abirekyi. \v 20 Afurum ba a ɔyɛ abakan de, wɔmfa no nsesa oguamma. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa de a, bu ne kɔn mu. Mo mmabarima de, munnye wɔn nyinaa. \p “Obiara mma mʼanim a onkura akyɛde bi. \p \v 21 “Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no de, munnni dwuma biara. Ofuntumbere anaa otwabere mpo, momfa nnansia nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no, monhome. \p \v 22 “Monkae na munni saa afahyɛ abiɛsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Eyinom ne: Otwabere Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atoko a edi kan Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. \v 23 Saa afahyɛ abiɛsa yi mu biara du so a, ɛsɛ sɛ Israelfo mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade anim. \v 24 Sɛ mokɔ \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abedi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛw mo ahye mu. \p \v 25 “Mommfa brodo a mmɔkaw wɔ mu mmɔ me afɔre. Na Twam Afahyɛ nam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma ade nkye so. \p \v 26 “Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn fi. \p “Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.” \p \v 27 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, efisɛ ɛyɛ me ne wo, Israel ntam apam.” \v 28 Mose ne \nd Awurade\nd* de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkitaho wɔ bepɔw no so, na saa bere no, Mose annidi, annom. Saa bere no, Onyankopɔn kyerɛw Mmaransɛm Du no guu ɔbo kyerɛwpon no so. \p \v 29 Bere a Mose de kyerɛw apon no fi Onyankopɔn nkyɛn resian bepɔw no, na onnim sɛ nʼanim rehyerɛn. \v 30 Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no nti, Aaron ne Israelfo no huu Mose no, wosuroe sɛ wɔbɛbɛn no. \v 31 Nanso Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofo ne no bɛkasae. \v 32 Akyiri no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔde mmaransɛm a \nd Awurade\nd* de maa no wɔ bepɔw no so hɔ no maa wɔn. \p \v 33 Mose ne wɔn kasa wiee no, ɔde nkataanim kataa nʼanim, \v 34 na bere biara a ɔbɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ ne \nd Awurade\nd* akɔkasa no, oyi nkataanim no kosi sɛ ɔbɛsan aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso ka kyerɛ nnipa no \v 35 a wohu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛnn no. Akyiri no, ɔde nkataanim no kata nʼanim bio kosi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa. \c 35 \s1 Homeda Ho Mmara \p \v 1 Afei, Mose frɛɛ Israelmma nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi ne \nd Awurade\nd* mmara a ɛsɛ sɛ mudi so. \v 2 Monyɛ adwuma nnansia. Na da a ɛto so ason no de, momfa nhome; ɛyɛ da kronkron a ɛsɛ sɛ mode som \nd Awurade\nd*. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, ɛsɛ sɛ wokum no. \v 3 Da no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afi mu.” \p \v 4 Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Nsɛm a \nd Awurade\nd* ahyɛ sɛ monyɛ ni: \v 5 Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔde yi mu biara mmrɛ \nd Awurade\nd*: \b \li1 “Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae; \li1 \v 6 ntama a wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan ayɛ ne \li1 abirekyi nwi, \li1 \v 7 odwennini nwoma a wɔahyɛ no aduru kɔkɔɔ ne abirekyi nwoma a wɔahyɛ, \li1 ɔkanto dua; \li1 \v 8 ngo a wɔde begu akanea no mu, ɔhyew nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne; \li1 ɔhyew aduhuam; \li1 \v 9 abo a ɛte sɛ apopobibiri ne abo a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo no mu. \b \p \v 10 “Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribiyɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ nea \nd Awurade\nd* aka no nyinaa te sɛ: \b \li1 \v 11 “Ahyiae Ntamadan no so ntama ne ne nkataso, nkɔtɔkoro, mpuran nnua a esisi mu, adum ne nnyinaso; \li1 \v 12 Apam Adaka no ne nnua a esisi ho; Mpata agua ntwamtam a ɛkata kronkronbea hɔ, \li1 \v 13 ɔpon ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Ɔkyerɛ Brodo; \li1 \v 14 akanea nnua ne nʼakanea ne ngo; \li1 \v 15 aduhuam afɔremuka ne nnua a wɔde bɛsoa; ɔsrango ne aduhuam a eyi hua pa, \li1 nsɛnanim a wɔde bɛsɛn Ahyiae Ntamadan no pon ano; \li1 \v 16 kɔbere Afɔremuka a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre, kɔbere ntwitae ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma, \li1 ne nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu, \li1 \v 17 adiwo hɔ no ntwamtam, adum ne ne nnyinaso, ntama a wɔde bɛkata adiwo hɔ kwan ano, \li1 \v 18 Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ nnua ne ne ntampehama, \li1 \v 19 asɔfotade a ɛyɛ fɛ a ɔsɔfo no bɛhyɛ asɔre wɔ kronkronbea hɔ ne Aaron ntade kronkron a sɛ ne mmabarima no yɛ asɔfodwuma a, wɔbɛhyɛ bi.” \b \p \v 20 Na Israelmma nyinaa fii Mose anim, \v 21 na wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn koma no de wɔn akyɛde a wɔde besi Ahyiae Ntamadan no ne ɛho nneɛma ne nea wɔde bɛpam atade kronkron no bae. \v 22 Mmea ne mmarima a asɛm no kaa wɔn koma no nyinaa bae. Wɔde sikakɔkɔɔ, agude, nsonkaa, nkaa, kɔnmuade ne sika adwinne bebree brɛɛ \nd Awurade\nd*. \v 23 Wɔn a wɔwɔ ntama pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibiri, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, odwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nwoma a ɛyɛ fɛ nso de bae. \v 24 Afoforo nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ \nd Awurade\nd* sɛ wɔn akyɛde. Ebinom de ɔkanto nnua nso bae. \v 25 Mmea no bi a wonim adepam yiye no too asaawa tuntum, bibiri ne koogyan de yɛɛ ntama a ɛyɛ fɛ de brɛɛ \nd Awurade\nd*. \v 26 Afoforo nso de anigye nam wɔn dom akyɛde so de abirekyi nwi yɛɛ ntama. \v 27 Mpanyimfo a wodi wɔn anim no de abo a ɛte sɛ apopobibiri bae sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotade no ne nʼadɛbo. \v 28 Wɔde nnuhuam ne ngo a wɔde begu akanea mu ne nea wɔde bɛfra ɔsrango no ne nnuhuam no ama adi mu no nso bae. \v 29 Eyi di ho adanse sɛ Israel mmarima ne mmea a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadi a \nd Awurade\nd* nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no fi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛde brɛɛ no. \p \v 30 Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se, “\nd Awurade\nd* ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu nena \v 31 no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde besi Ahyiae Ntamadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. \v 32 Obetumi adi adwinni afi sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. \v 33 Obetumi adi abo adwinni na obetumi asen nnua nso; nokware mu, ɔwɔ ɔdom akyɛde bebree. \v 34 Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusuakuw mu babarima ɔdom akyɛde a wɔnam so kyerɛ afoforo ade. \v 35 Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛde sononko sɛ adwumfo, duadwumfo, adenwenfo a wotumi nwen nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan mu. Wonim saa adwinne yi nyinaa di ma ɛboro so. \c 36 \nb \v 1 Adwumfo a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn ɔdom akyɛde no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiae Ntamadan no mu sɛnea \nd Awurade\nd* ahyɛ no.” \p \v 2 Enti Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadi no sɛ womfiti ase. \v 3 Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛɛ no maa wɔn, na adekyee biara nso, na wonya akyɛde foforo. \v 4 Akyiri no, adwumayɛfo no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no \v 5 kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen nea yehia.” \p \v 6 Enti Mose somaa obi maa ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn se, afei de, obiara mmmɛkyɛ wɔn ade bio. Na obiara amfa hwee amma bio. \v 7 Efisɛ na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no di ama aboro so mpo. \p \v 8 Wɔn a wonim adwinni pa ara no de asaawa a wɔanwen yɛɛ Ntamadan no nsɛnanotam du a emu bi yɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔayɛ kerubim agu mu. \v 9 Nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia. \v 10 Wɔkekaa ntama bamma anum sisii anim nyaa nkataano baako. Na wɔkekaa ntama bamma anum a aka no nso sisii anim nyaa nkataano foforo. \v 11 Wɔde ntama bibiri bamma aduonum wurawuraa nkataano a wɔkeka sisii anim no mu biara ano \v 12 a hentia baako biara ne baako di nhwɛanim. \v 13 Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkoro aduonum de susoo nkɔtɔkoro no mu maa nkataano ahorow abien no yɛɛ nkataano baako. \p \v 14 Wɔde ntama nkataso dubaako a wɔde mmirekyi nwi na ayɛ \v 15 a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw yɛ anammɔn asia kataa Ntamadan no so. \v 16 Besaleel kekaa saa nkataso yi anum sisii anim ma ɛyɛɛ bamma tenten baako na ɔsan de afoforo asia sisii anim maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako. \v 17 Afei, ɔbobɔɔ nkɔtɔkoro aduonum wɔ emu biara ano \v 18 na ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkoro aduonum de koakoaa nkɔtɔkoro no, sɛnea ɛbɛma nkataho no akyere pintinn. \v 19 Wosiesiee nneɛma ahorow abien de bɔɔ ɔdan no so. Nea edi kan no yɛ odwennini were a wahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien yɛ abirekyi were a ɛsɔ. \p \v 20 Wɔde ɔkanto yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiae Ntamadan no ho. \v 21 Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra, \v 22 nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ. \v 23 Na Ahyiae Ntamadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafo \v 24 a wɔn ase sisi dwetɛ nnyinaso aduanan so. Nnyinaso no abien abien hyehyɛ mpuran biara ase. \v 25 Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho \v 26 a esisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so. \v 27 Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo asia na atwa ho, \v 28 na ne twɔtwɔw biara so nso ntaaboo abien sisi hɔ. \v 29 Na mpuran a ɛbobɔ so abien abien sisi twɔtwɔw abien no biara so fi ase de kosi soro a wɔde nkaa asuso mu a ne nyinaa yɛ pɛ. \v 30 Enti mpuran awotwe ne dwetɛ nnyinaso dunsia a abien wɔ mpuran biara ase na wɔde yɛe. \p \v 31 Afei, ɔyɛɛ ɔkanto nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum kɔ mpuran no fa baako. \v 32 Wɔyɛɛ afoforo anum nso kɔɔ ɔfa baako. Na mmeamu nnua no anum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi a ani kyerɛ atɔe fam. \v 33 Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu fi ti kɔkaa ti. \v 34 Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa asuso mmeamu dua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho. \p \v 35 Wɔde ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔanwen kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamtam no wɔ Ntamadan no mu. \v 36 Na wɔyɛɛ ɔkanto nnua afadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsusomu anan maa ntwamtam no. Na afadum anan no mu biara si dwetɛ nnyinaso anan no baako so. \v 37 Afei, wɔyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan adi mu adwinni na ɛyɛe. \v 38 Wɔde nkɔtɔkoro anum na asuso saa nkataanim yi mu de akyekyere nnua anum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne pema no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinaso anum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛe. \c 37 \s1 Apam Adaka No Yɛ \p \v 1 Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde ɔkanto na ɛyɛe. Na ne tenten yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa ne ntwemu ne sorokɔ nso yɛ anammɔn abien ne fa. \v 2 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho ne emu nyinaa na wɔde bi beabea ho nyinaa. \v 3 Na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ nʼanan anan no a nkaa abien wɔ ɔfa biara. \v 4 Osen ɔkanto nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho. \v 5 Na wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkaa no mu wɔde bɛsoa. \p \v 6 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa yɛɛ ne mmuaso a wɔfrɛ no Mpata Agua. Na ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa. \v 7 Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa de yɛɛ kerubim abien na ɔde tetaree adaka no mmuaso no ti ne ti. \v 8 Wɔde kerubim no tetaree adaka no atifi ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no yɛɛ baako. \v 9 Na kerubim no di nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so. \p \v 10 Afei, ɔde ɔkanto yɛɛ ɔpon a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa; ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa. \v 11 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho na woguu bi wɔ ne ntwea so nyinaa. \v 12 Wɔyɛɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twaa ɔpon no ano ho hyiae, na wɔde sikakɔkɔɔ hankare faa ho. \v 13 Afei, wɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan, na ɔde hyehyɛɛ ɔpon no anan anan no nyinaa ase. \v 14 Wɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkaa no mu a wɔde bɛma ɔpon no so asoa. \v 15 Wɔde ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa. \v 16 Wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nsanka, mprɛte, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bedi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma. \p \v 17 Bio, wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinaso, nʼabaa, nea wɔde akanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bɔ mu yɛ ade baako. \v 18 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no wɔ nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa. \v 19 Wɔde nhwiren abiɛsa siesiee nkorata biara ho. \v 20 Na saa ara nso na kaneadua no, wodii nhwiren a ɛyɛ fɛ bi adwinni de siesiee no. \v 21 Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso wɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so. Ne nyinaa yɛ asia. \v 22 Nea wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorata no nyinaa yɛ ade baako a sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro na wɔde yɛe. \p \v 23 Afei, ɔyɛɛ akanea ason, adaban adabaw, ne apampaa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛe. \v 24 Na kaneadua no ne ho nneɛma no mu duru yɛ kilogram aduasa anan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ. \p \v 25 Wɔde ɔkanto na ɛyɛɛ aduhuam afɔremuka no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe. Na ne sorokɔ yɛ basafa baako a mmɛn a etuatua ne ntwea so ntwea so no nso nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako. \v 26 Wɔde sikakɔkɔɔ duraa ne nyinaa ho, na oguu bi nso wɔ ne ntwea so nyinaa. \v 27 Wɔde sika nkaa abien abien susoo afanu no mu wɔ nea wɔyɛɛ nguguho no ase a wɔde besuso nnua a wɔde bɛsoa no mu. \v 28 Nnua a na wɔde soa no yɛ ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho. \p \v 29 Wɔfaa nnuhuamyɛfo mu abenfo kwan so fii nnuhuam mu yɛɛ ɔsrango kronkron a wɔde sra asɔfo ne ɔhyew nnuhuam no nso. \c 38 \s1 Ɔhyew Afɔremuka \p \v 1 Ɔhyew afɔremuka no nso, ɔkanto na wɔde yɛe. Woyii no ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa. \v 2 Na ne ntwea so anan no nyinaa mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako a wɔde kɔbere adura ho. \v 3 Wɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma te sɛ nkuku, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nkankyee a wɔbɛnoa mu de kaa ho. \v 4 Afei, wɔde kɔbere nwenee afɔremuka no ho twitae a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda ogya adaka no mfimfini. \v 5 Wɔde nkaa anan anan sensɛn twaa ne fa biara ma wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu. \v 6 Ɔkanto nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa no. \v 7 Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkaa no a ɛbobɔ afɔremuka no nkyɛn no mu. Ntaaboo na wɔde yɛe. Na emu da kwan nso. \p \v 8 Wɔde kɔbere a wɔatwa afi kɔbere ahwehwɛ a mmea a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no de kyɛe no na ɛyɛɛ ade a wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaease no. \p \v 9 Afei, wɔyɛɛ adiwo. Na ɔfasu a ɛwɔ nʼanafo no ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛe. \v 10 Nnua aduonu na wɔde besuso nnurahotam no mu. Ne nnyinaso yɛ kɔbere a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho. \v 11 Na atifi ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinaso a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho. \p \v 12 Atɔe fam fasu no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nnurahotam faa ɔfasu no ho. Nnua du, ne nnyinaso ne dwetɛ nkɔtɔkoro ne ntwea na na ɛma saa ɔfasu no gyina. \v 13 Na apuei fam no nso trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. \v 14 Na adiwo hɔ kwan no wɔ apuei fam a wɔde nkataanim abien akata hɔ. Na nkataanim a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa, na nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so na ekura mu, \v 15 na nkataanim a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so kura mu. \v 16 Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwenee nnurahotam a wɔde twaa adiwo hɔ no ho. \v 17 Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasode, nanso ɛho nkɔtɔkoro ne mfɛnsere no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu, na mfɛnsere a wɔde besuso nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ ankasa. \p \v 18 Asaawatam a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan anwen mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adiwo hɔ kwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adiwo hɔ afasu no ho no. \v 19 Nnua anan na na ɛsensɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasode anan a dwetɛ nkɔtɔkoro ne mfɛnsere ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ. \v 20 Nnadewa a wɔde sii Ahyiae Ntamadan no ne adiwo hɔ no nyinaa yɛ kɔbere. \p \v 21 Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so sii Ahyiae Ntamadan a wɔde Apam Adaka no besi mu no sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo no betumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɔkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfae. Ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadi no so. \v 22 Odwumfo dansifo a na ɔwɔ ho nso ne Uri ba Besaleel a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu no nena. \v 23 Ne boafo ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfo a otumi twa nkyerɛw gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwenfo a otumi de asaawatam tuntum, bibiri ne koogyan di adwinni gu ntama mu. \v 24 Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem bae. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. \p \v 25 Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de bae yɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan (3,400). \v 26 Saa dwetɛ yi fi tow a wotwa maa mmarima a wɔadi mfe aduonu rekɔ a wɔkan wɔn no. Wogye fii mmarima mpem ahansia ne abiɛsa, ahannum ne aduonum hɔ. \v 27 Kronkronbea hɔ nnyinaso ɔha ne mpuran a esuso ntwamtam no mu no behia dwetɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan Enti nnyinaso biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa anan. \v 28 Dwetɛ kilogram aduonu no a ɛkae no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampamu, de bi yɛɛ mfɛnsere no ne nkɔtɔkoro no. \p \v 29 Kɔbere mfrafrae a wɔde bae no nso, na ɛyɛ kilogram mpem abien ne ahannan (2,400). \v 30 Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinaso wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka, kɔbere mfrafrae ntwitae, \v 31 afɔremuka no so nneɛma, adum no nnyinasode a ekura nnurahotam a etwa adiwo no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiae Ntamadan no de yɛɛ adiwo hɔ adwuma nyinaa. \c 39 \s1 Asɔfotade \p \v 1 Nnipa no de ntama tuntum, bibiri ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade maa asɔfo no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntade kronkron no sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. \p \v 2 Wɔde asaawatam bi a wɔanwen afi asaawa a wɔato mu na ɛpam asɔfotade nkataase no. \v 3 Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa, ɛnna otwitwaa no nteanteaa sɛ hama na ɔde bobɔɔ ntama tuntum, bibiri ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔw yiye. \v 4 Wɔde nwoma a wɔapam susoo nkataase no mu fi ase besii mmati ahama abien no mu. \v 5 Na wɔde ntama tuntum, bibiri, koogyan ne sikakɔkɔɔ yɛɛ nkyekyeremu sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ Mose no. \p \v 6 Abo apopobibiri abien a wotwa de femfam mmati ahama abien no a eso asɔfotade no nkataase no mu no, sikakɔkɔɔ na wɔde kyerɛw Israelfo mmusuakuw no nyinaa din guu so sɛnea wɔkyerɛw nsateaa so kaa so no. \v 7 Saa abo yi yɛ nkae ade de ma \nd Awurade\nd* fa Israelfo ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ. \p \v 8 Wɔpam adɛbo no te sɛ asɔfotade a wɔde nwera ankasa yɛe, na wɔde sikakɔkɔɔ hama ne asaawa tuntum, bibiri ne koogyan na ɛnwen mu. \v 9 Na ɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa akron a wɔabu abɔ so. \v 10 Na wɔhyehyɛɛ abo a ɛsom bo sesaa so nnidiso nnidiso anan wɔ mu. Nnidiso a edi kan no yɛ bogyanambo, akraatebo ne ahabammono bo; \v 11 nnidiso a ɛto so abien no yɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo; \v 12 nea ɛto so abiɛsa no yɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo; \v 13 na nea ɛto so anan no yɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo a wɔde sikakɔkɔɔ atwa emu biara ho ahyia. \v 14 Wɔyɛɛ abo no te sɛ nsɔwanode bi kyerɛw Israel mmusuakuw dumien no din guu so. \p \v 15 Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de adɛbo no aso asɔfotade no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ asɔfotade no mmati ntareso abien no so. \v 16 Wɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien de hyehyɛɛ adɛbo no ntwɔtwɔw so wɔ soro. \v 17 Wɔde sikakɔkɔɔ ahama abien no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa a ɛwɔ adɛbo no mu no mu. \v 18 Wɔde ahama no ti no bobɔɔ sikakɔkɔɔ no a esuso asɔfotade no mu no mu. \v 19 Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien nso hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien no a egu asɔfotade no so pɛɛ no so. \v 20 Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien susoo asɔfotade no mmati ntareso no mu ma ɛbɛn nkyekyeremu a wɔanwen no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotade no ahyiae so no. \v 21 Sɛnea ɛbɛyɛ na adɛbo no begyina pɛpɛɛpɛ wɔ nkyekyeremu fɛfɛ no so nti, wɔde ntama tuntum kyekyeree nkaa a esuso adɛbo no ne asɔfotade no mu. Eyinom nyinaa, \nd Awurade\nd* na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ. \p \v 22 Asɔfotade no fa kɛse no ara de, wɔde ntama tuntum na ɛnwenee \v 23 na wotwaa mfimfini tokuru pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛnea wɔhyɛ a ɛrentetew. \v 24 Na wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔanwen yɛɛ biribi te sɛ atoaa aba de sensɛn batakari no ase mmuano no ano. \v 25 Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ atoaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiae. \v 26 Sɛ Aaron hyɛ asɔfotade yi a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom \nd Awurade\nd* sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no. \p \v 27 Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade no bi maa Aaron ne ne mmabarima. \v 28 Wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam adɛbo, abotiri, kyɛw ne nhyɛasetam ahorow no. \v 29 Bio, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam nkyekyeremu no na wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan dii mu adwinni sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no. \p \v 30 Na afei, wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ abɔanim a wɔakyerɛw so: \pc Kronkron Ma \nd Awurade\nd*. \m \v 31 Wɔde ntama tuntum na asina abɔanim no abɔ abotiri no mu sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛe no. \p \v 32 Eyi nyinaa akyi no, wowiee Ahyiae Ntamadan no si sɛnea \nd Awurade\nd* kyerɛɛ Mose sɛ wonsi no no. \v 33 Afei, wɔde Ahyiae Ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: \b \li1 Nkyerewa, nnyinaso, mmeamu nnua, mpuran ne nsisiso; \li1 \v 34 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, nkataano, \li1 \v 35 adaka no a Mmaransɛm Du no wɔ mu no, nnua a wɔde soa Mpata agua; \li1 \v 36 ɔpon no ne ɛho nneɛma, Ɔkyerɛ Brodo, \li1 \v 37 sika akaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo wɔde sɔ kanea; \li1 \v 38 sikakɔkɔɔ afɔremuka, ɔsrango, aduhuam ne Ahyiae Ntamadan no nkataano, \li1 \v 39 kɔbere Afɔremuka, kɔbere ntwitae, nnua no ne ɛho nneɛma, \li1 nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu, \li1 \v 40 ntwahotam a wɔde twa adiwo hɔ fasu ho, ne ɛho nnua a esuso mu, \li1 nnyinasode ne ntwahotam a ɛwɔ adiwo pon ano, \li1 ntampehama ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiae Ntamadan no si. \li1 \v 41 Wɔde asɔfotade a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛe. Afei, wɔde Aaron asɔfotade kronkron no nso ne ne mmabarima de a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no. \b \p \v 42 Enti Israelfo no dii nsɛm a \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so. \v 43 Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa huu sɛ biribiara ntɔ kyima wɔ ho no, ohyiraa wɔn, efisɛ sɛnea Awurade hyɛe no ara pɛ na wɔyɛe. \c 40 \p \v 1 Afei \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, \v 2 “Ɔsram a edi kan no da a edi kan no na si Ahyiae Ntamadan no. \v 3 Wusi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamtam no twa Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ. \v 4 Afei, fa ɔpon no besi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no. \v 5 Fa sikakɔkɔɔ afɔremuka a wɔbɛhyew aduhuam wɔ so no besi Apam Adaka no anim na fa ɔpon no nkataanim sɛn Ahyiae Ntamadan no ano. \p \v 6 “Fa ɔhyew afɔremuka no si Ahyiae Ntamadan no kwan ano. \v 7 Fa hweaseammɔ no si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na hyɛ no nsu ma. \v 8 Siesie adiwo twa Ahyiae Ntamadan no ho hyia na fa nsɛnanim no sɛn ne kwan no ano. \p \v 9 “Fa ɔsrango no na pete gu Ahyiae Ntamadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkongua so, na fa tew ho. \v 10 Ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na tew ho na ɛnyɛ kronkron. \v 11 Sra hweaseammɔ no ne ne ntaease no ngo na fa tew ho. \p \v 12 “Fa Aaron ne ne mmabarima no bra Ahyiae Ntamadan no kwan ano na fa nsu hohoro wɔn ho. \v 13 Na fa atade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho ntew na ɔmmɛyɛ me sɔfo. \v 14 Fa ne mmabarima no bra na fa wɔn ntade hyehyɛ wɔn. \v 15 Sra wɔn ngo sɛnea woyɛɛ wɔn agya no, sɛnea wɔbɛsom me sɛ asɔfo. Wɔn ngosra no bɛyɛ asɔfodi wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.” \v 16 Mose yɛɛ biribiara sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ no no. \p \v 17 Afe a ɛto so abien no mu ɔsram a edi kan no da a edi kan no, wɔkekaa Ahyiae Ntamadan no sisii anim. \v 18 Mose sii Ahyiae Ntamadan no; ɔde nsisiso no sisii wɔn afa, de nnyinaso no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabea mu de mpuran sisii wɔn afa. \v 19 Afei, ɔde nkuruso no kuruu mpuran no so de ne nguguso guguu so san de nguguso a edi akyi kuruu so sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ no no. \p \v 20 Ɔde abo a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔde bɛsoa no susoo mu. Ɔde ne nkataso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkataso no kataa so. \v 21 Afei, ɔde Apam Adaka no besii Ahyiae Ntamadan no mu de ntwamtam no twaa mu, sɛnea Awurade hyɛɛ no no. \p \v 22 Afei, ɔde ɔpon no sii atifi fam wɔ ɔdan no mu wɔ ntwamtam no akyi, \v 23 de Ɔkyerɛ Brodo no too so wɔ \nd Awurade\nd* anim sɛnea Awurade hyɛe no. \p \v 24 Ɔde kaneadua no sii ɔpon no nkyɛn wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam. \v 25 Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ \nd Awurade\nd* anim sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ no no. \p \v 26 Mose de sikakɔkɔɔ afɔremuka sii ntwamtam no ho pɛɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu \v 27 na ɔhyew nnuhuam wɔ so sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛe no. \p \v 28 Ɔde Ahyiae Ntamadan no ano nkataano sɛn ano. \v 29 Ɔde afɔremuka a esi akyi a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no si bɛn ɔkwan no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre ne aduan afɔre sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛe no. \p \v 30 Ɔde hweaseammɔ sii Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na wɔhyɛɛ no nsu ma, sɛnea asɔfo no benya bi ahohoro wɔn ho, \v 31 na Mose ne Aaron ne Aaron mmabarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn anan ase wɔ hɔ. \v 32 Bere biara a wɔbɛfa afɔremuka no ho akɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, wogyina hohoroo wɔn ho sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose no. \p \v 33 Na Mose sii biribi twaa Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho hyiae na wɔde nsɛnanotam sɛn ano. Ɛnna Mose wiee nʼadwuma. \p \v 34 Omununkum no bɛkataa Ahyiae Ntamadan no so maa \nd Awurade\nd* anuonyam hyɛɛ no ma. \v 35 Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no nti, Mose antumi ankɔ mu na \nd Awurade\nd* anuonyam hyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ma. \p \v 36 Bere biara a omununkum no bɛma ne ho so no, na Israelfo no nso di akyi. \v 37 Na sɛ egyina a, na wɔn nso agyina akosi sɛ ɛbɛma ne ho so bio. \v 38 Awia de, omununkum no gyina Ahyiae Ntamadan no so na sɛ edu anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛnea Israelfo no nyinaa behu. Eyi toaa so saa ara wɔ wɔn akwantu no nyinaa mu.