\id EST - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Ɛster \toc1 Ɛster Nhoma \toc2 Ɛster \toc3 Ɛst \mt1 Ɛster Nhoma \c 1 \s1 Ɔhene Aponto \p \v 1 Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Ahasweros a odii amantam ɔha aduonu ason so, fi India kosi Etiopia no bere so. \v 2 Saa bere no na ɔte ahengua so wɔ Susa aban mu de di nʼahemman no so. \v 3 Nʼahenni mfe abiɛsa so no, ɔtoo pon kɛse maa nʼahenemma ne ne mpanyimfo. Ɔtoo nsa frɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔwɔ Media ne Persia nyinaa, ne atitiriw ne amantam mu mpanyimfo. \v 4 Afahyɛ no dii asram asia, na ɔdaa nʼaheman mu sika mpempem ne emu anuonyam adi. \v 5 Eyi nyinaa twaa mu no, ɔhene no too pon sononko bi maa ahemfi hɔ asomfo ne mpanyimfo no nyinaa, efi ɔkɛse so de kosi ɔketewa so. Edii nnanson, na wɔyɛɛ no wɔ Susa ahemfi adiwo turo mu. \v 6 Wɔde ntama fɛfɛ hanahana fitaa ne tuntum a wɔanwen mu sensɛn adiwo hɔ. Na wɔde ahama kɔkɔɔ akyekyere ahyɛ dwetɛ nkaa a ɛhyehyɛ abohemaa afadum mu. Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkongua sisi abohemaa ne abohyɛn ne abobiri ne aboɔdemmo ahorow nsɛso so. \v 7 Wɔde nsakuruwa a wɔadi ho adwinni ahorow papa bi somee, na adehyesa buu so wɔ hɔ, sɛnea ɔhene hyɛe no. \v 8 Nhyehyɛe a na ɛwɔ nsanom no ho ara ne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obi ma ɔnom boro nea obetumi so. Nanso wɔn a wobetumi anom no de, wɔnom sɛnea wɔpɛ, efisɛ na ɔhene no aka akyerɛ ne fifo no se obiara betumi anom sɛnea ɔpɛ. \p \v 9 Ɔhemmea Wasti too pon maa ahemfi mmea no saa bere koro no ara mu. \s1 Wotu Ɔhemmea Wasti Ade So \p \v 10 Afahyɛ no nnanson so a nsa afa ɔhene Ahasweros ani so kakra no, ɔka kyerɛɛ Mehuman, Bista, Harbona, Bigta, Abagta, Setar ne Karkas a wɔyɛ piamfo baason a wɔhwɛ no no se \v 11 wɔmfa ɔhemmea Wasti a ɔhyɛ ahemmea kyɛw no mmrɛ no. Na ɔpɛ sɛ mmarima nyinaa hwɛ nʼahoɔfɛ, efisɛ na ɔyɛ ɔbea hoɔfɛfo pa ara. \v 12 Nanso wɔde ɔhene frɛtumi nkra kɔmaa ɔhemmea Wasti no, wamma. Eyi maa ɔhene ani bere yiye, maa abufuw hyɛɛ no ma. \p \v 13 Esiane sɛ na ɛyɛ amanne sɛ ɔhene bebisa nʼafotufo a wonim Persia mmara ne nʼamanne ne nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti, ɔne wɔn a wɔte mmere ase \v 14 na wɔbɛn ɔhene no sɛ Karsena, Setar, Admata, Tarsis, Meres, Marsena, Memukan, a wɔyɛ akunini baason a wofi Persia ne Media, na wɔyɛ ne nnamfo a wokura dibea akɛse wɔ ahemman no mu no kasae. \v 15 Ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ ɔhemmea Wasti? Asotwe bɛn na mmara no kyerɛ sɛ wɔmfa mma ɔhemmea a mesomaa me piamfo sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?” \p \v 16 Na Memukan buaa ɔhene no ne ahenemma no se, “Ɛnyɛ ɔhene no nko na ɔhemmea Wasti afom, na wafom ɔpanyin biara ne ɔmanfo a wɔwɔ wʼahenni no mu no nyinaa. \v 17 Sɛ mmea a wɔwɔ ɔman yi mu te sɛ ɔhemmea Wasti ankɔ ɔhene frɛ no a, wobefi ase atwiri wɔn kununom. \v 18 Ansa na ade bɛkyɛ no, yɛn yerenom, wo mpanyimfo yerenom nyinaa bɛte nea ɔhemmea no yɛe, na wɔafi ase akasa wɔn kununom ɔkwan koro no ara so. Na ntwirii no ne abufuw no to rentwa da wɔ wʼaheman mu ha. \p \v 19 “Enti sɛ ɔhene bɛpene so a, yesusuw sɛ, ebeye sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔakyerɛw no Persiafo ne Mediafo mmara mu a wontumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmea Wasti mfi wʼani so, na wonsi ɔhemmea foforo a ɔsom bo kyɛn no. \v 20 Sɛ wɔde saa mmara yi to gua ma obiara te wɔ wʼaheman kɛse yi mu a, mmea awarefo de obu a ɛsɛ na ɛfata bɛma wɔn kununom.” \p \v 21 Ɔhene no ne nʼahenemma no faa Memukan afotu no sɛ ɛyɛ adwene pa, enti wodii so. \v 22 Ɔkyerɛw nkrataa kɔɔ nʼaheman no mu mmaa nyinaa. Ɔkyerɛw ɔmantam biara wɔ ne kasa mu, sɛ ɔbarima biara nni ne fi so. \c 2 \s1 Wosi Ɛster Ɔhemmea \p \v 1 Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyi yi no, ofii ase dwenee nea Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho. \v 2 Na nʼasomfo susuw ho kyerɛɛ no se, “Ma yenwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmabun ahoɔfɛfo mfa wɔn mmrɛ ɔhene. \v 3 Ɔhene nyi ananmusifo bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmea ahoɔfɛfo yi mmra ɔhene yerenom atenae wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ piamni no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuru. \v 4 Ɛno akyi no, ababaa a ɔsɔ wʼani yiye no na wobesi no ɔhemmea, asi Wasti anan mu.” Saa afotu yi sɔɔ ɔhene no ani yiye, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so. \p \v 5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ofi Benyamin abusuakuw mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni. \v 6 Ɔhene Nebukadnessar na otwaa nʼabusuafo ne Yudahene Yekonia ne afoforo bi asu fii Yerusalem kɔɔ Babilonia. \v 7 Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfo bi a ne din de Hadasa a na wɔsan frɛ no Ɛster. Bere a nʼagya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetew no sɛ nʼankasa babea. \p \v 8 Ɔhene no mmara a ɔhyɛe no nti, wɔde Ɛster ne mmabaa bebree baa ɔhene yerenom atenae wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa. \v 9 Hegai ani gyee Ɛster ho yiye, maa ɔhwɛɛ no yiye. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduan sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuru kaa ho. Ɔsan de mfenaa baason a oyii wɔn fii ahemfi hɔ no maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye pa ara wɔ mmea atenae hɔ. \p \v 10 Ɛster anka ne man a ofi mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, efisɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ. \v 11 Da biara Mordekai kɔnantew fa ahemfi no adiwo hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te dɛn. \p \v 12 Ansa na wɔde ababaa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuru yɛ ne ho afe baako. Wɔde kurobow ngo yɛ ne ho asram asia na ɛno akyi no wɔde aduhuam ne nkum sononko bi ayɛ ne ho asram asia. \v 13 Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atade anaa agude a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu. \v 14 Anwummere no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na ade kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom te no. Ɛhɔ na ɔhene piamni foforo bi a wɔfrɛ no Saasgas na bɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho ansa na wabɔ ne din afrɛ no. \p \v 15 Na eduu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piamni a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster). \v 16 Bere a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfi hɔ Tebet ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedi mfe ason so no, \v 17 ɔhene no dɔɔ no sen mmabun a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kosii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛw, pagyaw no sɛ ɔhemmea, sii Wasti anan mu. \v 18 Ahemmeasi no mu no, ɔtoo pon maa ne mmapɔmma ne asomfo nyinaa de hyɛɛ Ɛster anuonyam. Ɔmaa obiara akyɛde bebree, na ɔyɛɛ no afoofida wɔ amantam no nyinaa so. \p \v 19 Mpo, bere a wɔde mmabaa no nyinaa kɔɔ mmea atenae a ɛto so abien no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ ɔpanyin wɔ ahemfi hɔ no, \v 20 Ɛster ankyerɛ baabi a ofi ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotu no so sɛnea ɔyɛe bere a na ɔne no te no. \s1 Mordekai Di Ɔhene Nokware \p \v 21 Da koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfi no, ɔhene no piamfo baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kokoamfi no pon ano awɛmfo no bo fuw ɔhene Ahasweros, na wɔpam ne ti so sɛ wobekum no. \v 22 Mordekai tee pɔwbɔ no, ɔbɔɔ ɔhemmea Ɛster amanneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai mo sɛ ɔbɛkaa asɛm no. \v 23 Wɔkɔɔ asɛm no mu, huu sɛ asɛm a Mordekai bɛkae no yɛ nokware no, wɔsɛn mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔkyerɛw eyi nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedi abakɔsɛm nhoma mu. \c 3 \s1 Haman Pam Yudafo Ti So \p \v 1 Eyinom akyi no, ɔhene Ahasweros pagyaw Agagni Hamedata babarima Haman dibea, yɛɛ no ɔsoafo panyin wɔ ahemman no mu ma ɔbɛyɛɛ ɔhene abediakyiri. \v 2 Sɛ Haman reba a, ɔhene mpanyimfo no bɔ wɔn mu ase de kyerɛ obu ne nidi a wɔwɔ ma no, efisɛ saa na ɔhene ahyɛ. Nanso Mordekai ammɔ ne mu ase da, na wankyerɛ obu ne nidi nso da. \p \v 3 Ahemfi mpanyimfo a wɔwɔ ɔhene pon ano no bisaa Mordekai se, “Adɛn nti na worebu ɔhene mmara so?” \v 4 Wɔkasa kyerɛɛ no mpɛn pii nanso ɔkɔɔ so buu mmara no so. Enti wɔbɔɔ Haman amanneɛ hwɛɛ sɛ ɔbɛpene Mordekai suban no so ana, efisɛ na Mordekai aka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani. \p \v 5 Bere a Haman huu sɛ Mordekai nkotow no, anaa ɔnna obu ne nidi adi nkyerɛ no no, ne bo fuwii. \v 6 Enti Haman yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔrenhaw Mordekai nko ara. Esiane sɛ na wate sɛ Mordekai yɛ Yudani no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛhwehwɛ ɔkwan a ɔbɛfa so de atɔre Yudafo a wɔwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa ase. \p \v 7 Na ɔsram Abib (bɛyɛ Oforisuo) mu a ɛyɛ ɔhene Ahasweros adedi mfe dumien so no, wɔbɔɔ ntonto a wɔfrɛ no Pur de hwehwɛɛ da ne ɔsram a ɛfata sɛ wɔhyɛ fa no. Na da a woyii no yɛ Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason a na ɛreyɛ akɔ ntontobɔ no akyi afe mu. \p \v 8 Na Haman kɔɔ ɔhene Ahasweros nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nnipa bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete amantam a ɛwɔ wʼahenni yi nyinaa so. Wɔn mmara ne ɔman foforo biara de bɔ abira, na mpo, wobu ɔhene mmara so. Ɛno nti, enye mma ɔhene sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔatena ase. \v 9 Sɛ ebetumi a, Ɔhempɔn, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammuifo dwetɛ tɔn ahaasa aduɔson anum na wɔde agu adehye foto no mu.” \p \v 10 Ɔhene no penee so, worɔw ne pɛtea de maa Agagni Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no de sii asɛm no so dua.\f + \fr 3.10 \fr*\ft Na wɔde adehyekaa na ɛhyɛ wɔn mmara mu den.\ft*\f* \v 11 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Ma sika no ntena hɔ, nanso wo ne nnipa no nni no sɛnea wopɛ no biara.” \p \v 12 Abib (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunson no, Haman frɛɛ ɔhene akyerɛwfo ma ɔkaa nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw de kɔma mmapɔmma, amantam amradofo a wɔwɔ mmeae nyinaa, adwumayɛfo a wɔwɔ amantam no mu ma wɔkyerɛw no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɔhene Ahasweros na wɔde ne din hyɛɛ nkrataa no ase, na wɔde ne kaa no sɔw ano, \v 13 na wɔde somaa abɔfo ma wɔde kokɔɔ amantam a ɛwɔ ahemman no mu nyinaa. Nkrataa no hyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wokunkum Yudafo nyinaa, mmofra ne mpanyin, mmea ne mmarima, tɔre wɔn ase da koro na wɔfa wɔn agyapade. Wɔhyɛɛ sɛ, saa asɛm yi nsi wɔ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason, a ɛyɛ afe akyi a wɔhyɛɛ mmara no. \v 14 Wɔde mmara no sɛso bi bɛkɔ amantam no nyinaa so, na wɔbɛma ɔmanfo nyinaa nso ate mu nsɛm, sɛnea wobetumi adi dwuma no wɔ da a wɔahyɛ no. \p \v 15 Ɔhene no hyɛ ma wɔde mmara no somaa abɔfo a wɔn ho yɛ hare ma wɔbɔɔ no dawuru wɔ Susa aban no mu. Afei, ɔhene no ne Haman tenaa ase nom nsa; nanso Susa kuropɔn no mu yɛɛ basabasa. \c 4 \s1 Mordekai Pɛ Ɛster Mmoa \p \v 1 Bere a Mordekai huu nea wɔayɛ no nyinaa no, ɔtetew ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, de nsõ yɛɛ ne ho, de agyaadwotwa a ano yɛ den faa kuropɔn no mu. \v 2 Ogyinaa ahemfi no pon akyi, efisɛ na wɔmma obi a ɔhyɛ atweaatam no nkɔ mu. \v 3 Na bere a ɔhene no mmara no duu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwo wɔ Yudafo no mu. Wodii mmuada, su twaa agyaadwo a wɔn mu bebree hyehyɛ atweaatam de nsõ ahura wɔn ho. \p \v 4 Bere a ɔhemmea Ɛster mmaawa ne ne piamfo bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaw no yiye. Ɔbrɛɛ no ntade sɛ ɔmfa nsi atweaatam no anan, nanso ɔpoe. \v 5 Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene piamfo no mu baako a wɔayi no sɛ ne somfo no. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkobisa no nea ɛrehaw no, ne nea enti a ɔretwa agyaadwo saa. \p \v 6 Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ aguabɔbea a ɛwɔ ahemfi no pon ano. \v 7 Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔde begu adehye foto mu no, nam so de atɔre Yudafo no ase. \v 8 Mordekai de mmara no sɛso a woyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wonkum Yudafo nyinaa no bae, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsan frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔbɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfo. \p \v 9 Enti Hatak san kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no. \v 10 Ɛster ka kyerɛɛ Hatak sɛ, ɔnsan mfa nkra nkɔma Mordekai se: \v 11 “Wiase nyinaa nim sɛ obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasennipia mu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owu na wubewu, gye sɛ ɔde ne sika ahempema no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ ɔsram ni no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.” \v 12 Enti Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai. \p \v 13 Mordekai nso de saa mmuae yi maa Ɛster se, “Nsusuw da biara da sɛ, sɛ wokunkum Yudafo no nyinaa a, wubenya wo ti adidi mu wɔ ahemfi hɔ. \v 14 Na sɛ woyɛ komm bere a ɛte sɛɛ mu a, Yudafo no gye betumi afi baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafo bewuwu. Nea ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, bere a ɛte sɛɛ yi nti na wɔasi wo hemmea wɔ ahemfi hɔ.” \p \v 15 Na Ɛster de mmuae yi kɔmaa Mordekai se, \v 16 “Kɔ na kɔboaboa Yudafo a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwɔ mu sɛ, etia mmara de, nanso mɛkɔ akohu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mewu koraa a, mewu.” \p \v 17 Enti Mordekai kɔyɛɛ sɛnea Ɛster ka kyerɛɛ no no. \c 5 \s1 Ɛster Adesrɛ \p \v 1 Nnansa akyi no, Ɛster hyɛɛ nʼahemmea atade kɔɔ ahemfi no adiwo hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa so. Na ɔhene no te nʼahengua so a nʼani kyerɛ abɔnten kwan ano. \v 2 Bere a ohuu Ɔhemmea Ɛster sɛ ogyina adiwo hɔ no, ogyee no fɛw so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempema no kyerɛɛ ne so. Enti Ɛster bɛn kosoo pema no ti. \p \v 3 Na ɔhene no bisaa no se, “Ɔhemmea Ɛster, dɛn na wohwehwɛ? Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!” \p \v 4 Na Ɛster buae se, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhempɔn, wo ne Haman mmra aponto a masiesie ama wo nnɛ no ase.” \p \v 5 Ɔhene no dan ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Monka nkyerɛ Haman se, ɔmmra aponto no ase mprempren ara, sɛnea Ɛster asrɛ no.” \p Enti ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster aponto no ase. \v 6 Na bere a wogu so renom nsa no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster se, “Afei, ka nea wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛde yɛ dɛn? Sɛ wubisa mʼaheman mu fa koraa a, mede bɛma wo.” \p \v 7 Ɛster buae se, “Mʼadesrɛ a me koma da ho pa ara ni: \v 8 Sɛ ɔhempɔn ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra ɔpon a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo eyi nyinaa ase.” \s1 Haman Pɛ Mordekai Wu \p \v 9 Haman fii aponto no ase no, na nʼani agye mmoroso! Nanso ohuu Mordekai a ɔte pon no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuwii. \v 10 Nanso Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ fie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho no ano, \v 11 de ahonya ne mma dodow a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔde ahorow a ɔhene ama no no nso ne sɛnea wɔasi no panyin wɔ mpanyimfo nkae no so no nso tuu ne ho. \v 12 Haman ka kaa ho se, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmea Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼaponto ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena. \v 13 Nanso sɛ mihu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfi pon ano a, me bo nnwo koraa.” \p \v 14 Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa no adwene se, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no se, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigye ne ɔhene no bɛkɔ aponto no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yiye ma ɔhyɛɛ sɛ wonsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no. \c 6 \s1 Ɔhene Bɔ Mordekai Aba So \p \v 1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, nti ɔmaa ɔsomfo bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa bae sɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. \v 2 Ohuu sɛnea Mordekai kɔdaa pɔwbɔ bi adi, nea Bigtana ne Teres a na wɔyɛ piamfo baanu a na wɔwɛn ɔhene no apon ano no pamee wɔ nkrataa no mu. Wɔpam ɔhene no ti so sɛ wobekum no. \v 3 Ɔhene no bisae se, “Dɛn akatua anaa nkae ade bɛn na wɔde ama Mordekai wɔ eyi ho?” Asomfo no buae se, “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.” \p \v 4 Ɔhene no bisae se, “Hena na ɔhyɛ akyi hɔ adiwo hɔ no?” Ɛbae sɛ, na afei na Haman abedu ahemfi adiwo a ɛwɔ akyi hɔ no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai wɔ dua a wasi no so. \p \v 5 Nʼasomfo no buaa ɔhene no se, “Haman na ɔhyɛ hɔ.” \p Ɔhene no kae se, “Momfa no mmra mu.” \p \v 6 Enti Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokware, ɔsɔ mʼani no anuonyam?” \p Haman bisaa ne ho se, “Hena na ɔfata sɛ ɔhene hyɛ no anuonyam sen me?” \v 7 Enti obuae se, “Sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ obi anuonyam a, \v 8 ɛsɛ sɛ ɔde nʼankasa ahentade mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehye nsɛnkyerɛnne bɔ ne moma so no ba. \v 9 Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a odi mu yiye, na ɔmfa ahentade nhyɛ no, na onni nʼanim mfa no mmra aguabɔbea hɔ a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ sɛ mmapɔmma no gye no akurum se, ‘Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no!’ ” \p \v 10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Eye koraa! Ka wo ho kɔfa ahentade no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛnea wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfi pon ano no. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.” \p \v 11 Enti Haman faa ahentade no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kurow no aguabɔbea hɔ a na ɔpae di nʼanim se, “Saa na ɔhene yɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no.” \p \v 12 Akyiri no, Mordekai san kɔɔ ahemfi hɔ pon no ano, na Haman de ɔyaw a ano yɛ den ne aniwu yɛɛ ntɛm kɔɔ fie. \v 13 Bere a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amanneɛ no, wɔkae se, “Esiane sɛ Mordekai a oguu wʼanim ase yi yɛ Yudani nti, nhyehyɛe biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yiye. Sɛ wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo.” \v 14 Bere a wogu so rekasa no, ɔhene piamfo no bae sɛ wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster aponto a wasiesie no ase. \c 7 \s1 Wokum Haman \p \v 1 Enti ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmea Ɛster aponto no ase. \v 2 Wɔrenonom nsa saa da no, ɔhene no ka kyerɛɛ no bio se, “Ɔhemmea Ɛster, kyerɛ me nea wopɛ. Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!” \p \v 3 Ɔhemmea Ɛster buae se, “Sɛ Ɔhempɔn ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisade ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, obegyaa me nkwa ne me manfo nkwa mu ama yɛn. \v 4 Efisɛ wɔatɔn me ne me manfo ama nnipa a wobekunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, efisɛ ɛno de, ɛyɛ asɛm ketewa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.” \p \v 5 Ɔhene Ahasweros bisae se, “Hena na ɔbɛyɛ saa? Na hena na obetumi de ne nsa aka wo?” \p \v 6 Ɛster buae se, “Saa omumɔyɛfo ne ɔtamfo yi ne onimguasefo Haman.” \p Ehu maa Haman ho popoo wɔ ɔhene ne ɔhemmea no anim. \v 7 Ɔhene no de abufuw huruw gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfi hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, guan toaa Ɔhemmea Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, efisɛ na onim sɛ nʼawie adu. \p \v 8 Ɔtew hwee Ɔhemmea Ɛster mpa a ɔrehome wɔ so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso fii ahemfi no turo mu hɔ bae. \p Ɔhene no bobɔɔ mu se, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmea yi bere a ɔwɔ me nkyɛn wɔ fie ha nso?” \p Ɔhene no kasa wiee ara pɛ, nʼasomfo no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawie adu.\f + \fr 7.8 \fr*\ft Sɛ wɔkata obi ti so a na ɛkyerɛ sɛ wɔabu no kumfɔ.\ft*\f* \v 9 Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no piamfo no mu baako kae se, “Haman asi dua a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum wɔ ɔno ara nʼadiwo. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ogyee ɔhene nkwa no wɔ so.” \p Afei, ɔhene no kae se, “Monsɛn Haman wɔ so.” \v 10 Enti wɔsɛn Haman wɔ dua no a osi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoe. \c 8 \s1 Mmara Foforo Boa Yudafo \p \v 1 Da no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no agyapade\f + \fr 8.1 \fr*\ft Saa bere no, Ɔhene no de ne nsa to obi a wɔabu no kumfɔ no agyapade so.\ft*\f* maa Ɔhemmea Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, efisɛ na Ɛster akyerɛ sɛnea ɔne no bɔ abusua fa. \v 2 Ɔhene no worɔw kaa a ogye fii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapade so. \p \v 3 Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no se, Haman pɔw a ɔbɔ de tiaa Yudafo no wɔmma wonnyae. \v 4 Na ɔhene no soo sika ahempema no mu, de kyerɛɛ Ɛster so. Enti ɔsɔre gyinaa nʼanim \v 5 kae se, “Sɛ mesɔ Ɔhempɔn ani na sɛ osusuw sɛ eye a, hyɛ mmara a etia sɛe a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu no. \v 6 Na mɛyɛ dɛn atena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfo ne mʼabusuafo, asɛe wɔn?” \p \v 7 Na ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmea Ɛster ne Yudani Mordekai se, “Mede Haman agyapade ama Ɛster, na wɔasɛn no wɔ dua so, efisɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafo. \v 8 Afei, fa ɔhene din kyerɛw mmara foforo wɔ Yudafo no din mu, ka nea wopɛ biara wɔ mu, na fa ɔhene kaa no sɔw ano. Biribiara a wɔakyerɛw wɔ ɔhene din mu de ne kaa asɔw ano no, wɔnnan ani.” \p \v 9 Enti Siwan ɔsram (bɛyɛ Ayɛwohomumɔ) da a ɛto so aduonu anum no, wɔfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔkyerɛw mmara kɔmaa Yudafo ne mmapɔmma, amradofo ne mpasua no mu adwumayɛfo a wɔwɔ amantam ɔha aduonu ason no mu, efi India kosi Etiopia. Wɔkyerɛw mmara no wɔ kasa ahorow a nnipa no ka wɔ ahemman no mu, a Yudafo no ka ho. \v 10 Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛkyerɛwee, na ɔde ɔhene no kaa sɔw ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfo ahoɔharefo a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene som no so. \p \v 11 Ɔhene no mmara no maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ ɔman anaa ɔmantam biara a ebetu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ wokunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fow wɔn atamfo no agyapade. \v 12 Da pɔtee a wotu sii hɔ maa nneyɛe yi wɔ ɔhene Ahasweros mantam mu no yɛ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason wɔ afe a na wɔrebesi mu no mu. \v 13 Ɛsɛ sɛ wɔfa mmara yi sɛso wɔ ɔmantam biara mu sɛ mmara, na wɔda no adi kyerɛ ɔmanfo nyinaa. Sɛ ɛba saa a, saa da no, Yudafo no besiesie wɔn ho, atɔ wɔn atamfo so were. \p \v 14 Ɔhene asɛm no nti, abɔfo no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara koro no ara bi wɔ Susa aban no mu. \p \v 15 Na Mordekai hyɛɛ ahentade tuntum ne fufu ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw, na ɔhyɛɛ batakari tamkɔkɔɔ nguguso fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfo a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforo no ho fa. \v 16 Anigye ne ahosɛpɛw hyɛɛ Yudafo no ma, na wɔhyɛɛ wɔn anuonyam wɔ baabiara. \v 17 Kuropɔn biara ne ɔmantam biara a ɔhene no mmara no dui no, Yudafo no sɛpɛw wɔn ho, hyɛɛ fa kɛse na wodii ho afoofi. Na asase no so nnipa bebree yɛɛ wɔn ho Yudafo, efisɛ na wosuro nea Yudafo no bɛyɛ wɔn. \c 9 \s1 Yudafo Nkonimdi \p \v 1 Na Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason no, wɔde ɔhene no mmara abien no yɛɛ adwuma. Saa da no na Yudafo no atamfo no ani da so sɛ wɔbɛsɛe wɔn, nanso ani danee. \v 2 Yudafo no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛhaw wɔn no. Nanso obiara antumi ansɔre antia wɔn, efisɛ na obiara suro wɔn. \v 3 Esiane Mordekai ho hu nti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa boaa Yudafo no. \v 4 Efisɛ na wɔama Mordekai panyin wɔ ahemfi hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa mu, bere a na ne tumi nso rekɔ soro. \p \v 5 Yudafo no kunkum wɔn atamfo, sɛee wɔn wɔ afoa ano. Wokunkum wɔn atamfo, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no nea wɔpɛ biara. \v 6 Wokunkum nnipa ahannum wɔ Susa aban no mu. \v 7 Wɔsan kunkum Parsandata, Dalfon ne Aspata, \v 8 Porata, Adalia, Aridata, \v 9 Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata \v 10 a, wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no mmabarima du no. Nanso wɔamfa asade biara. \p \v 11 Bere a wɔbɔɔ ɔhene no amanneɛ a ɛfa nnipa dodow a wokum wɔn wɔ Susa aban mu ho anwummere no, \v 12 ɔma wɔfrɛɛ Ɔhemmea Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no se, “Yudafo no akunkum nnipa ahannum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmabarima du no. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha de a, ɛno de asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, dɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo; ka kyerɛ me na mɛyɛ.” \p \v 13 Na Ɛster kae se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafo a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ nea wɔyɛɛ no nnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmabarima du no amu nsensɛn nnua so.” \p \v 14 Na ɔhene no penee so, na wɔbɔɔ mmara no ho dawuru wɔ Susa. Wɔsan de Haman mmabarima du no amu sensɛn nnua so. \v 15 Na Yudafo a wɔwɔ Susa no boaa wɔn ho ano Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so awotwe, na wɔsan kunkum nnipa ahaasa; na bio, wɔamfa asade biara. \p \v 16 Saa bere no na Yudafo nkae a wɔwɔ Ɔhene no amantam mu nyinaa aboa wɔn ho ano, rebɔ wɔn nkwa ho ban. Wokum wɔn atamfo no mpem aduɔson anum, nam so nyaa ɔhome fii wɔn atamfo nsam. Nanso wɔamfa asade biara. \v 17 Saa ara na wɔyɛɛ wɔ Adar ɔsram no (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason no wɔ amantam no nyinaa mu. Ade kyee no, wɔhomee, didii, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdi no ho. \p \v 18 Nanso Yudafo a wɔwɔ Susa no toaa so kunkum wɔn atamfo no da a ɛto so abien no nso, na wɔhomee ne nnansa so de didii, gyee wɔn ani. \v 19 Enti ebesi nnɛ yi, Yudafo a wɔtete nkuraa a wɔntoo afasu mfaa ho no di saa afirihyia dapɔnna yi. Wodi afoofi saa awɔwbere da yi mu, sɛpɛw wɔn ho, de akyɛde mema wɔn ho wɔn ho. \s1 Purim Afahyɛ \p \v 20 Mordekai kyerɛw saa nsɛm a esisii yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmaa Yudafo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu, \v 21 hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wonni afirihyia afahyɛ yi wɔ saa nnaanu no mu. \v 22 Ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidi ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafo akyɛde. Eyi bɛma Yudafo no akae bere a wonyaa ogye fii wɔn atamfo nsam, wɔn awerɛhow dan anigye, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛw no. \p \v 23 Enti Yudafo no faa Mordekai adwenkyerɛ no, fii afirihyia amanne no ase. \v 24 Efisɛ na Haman a ɔyɛ Agagni Hamedata babarima, a ɔyɛ Yudafo tamfo no apam sɛ ɔbɛyam wɔn, asɛe wɔn saa da no ne ɔsram a ɔnam ntontobɔ so nyae no. (Na wɔfrɛ saa ntonto no Purim). \v 25 Nanso Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne ti so, na wɔsɛn no ne ne mmabarima wɔ nnua so. \v 26 (Ɛno nti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, efisɛ ɛyɛ tete kasa a ne nkyerɛase ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahu a wɔanya no nti, \v 27 Yudafo a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanne no ho fa, na wɔama wɔn awo ntoatoaso ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafo no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnaanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no wɔ afe biara mu no, wɔremma ɛmpa wɔn ti so da. \v 28 Wɔbɛkae saa nna yi wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu na ɛsɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ amantam ne nkuropɔn wɔ ahemman no mu no di. Wɔrennyae saa nna yi di wɔ Yudafo mu, na nsɛm a esii no nso wɔn asefo werɛ remfi da. \p \v 29 Na Ɔhemmea Ɛster, Abihail babea no ne Yudani Mordekai kyerɛw krataa foforo a wɔde ɔhemmea no tumi kɛse foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den. \v 30 Ɛno akyi no, wɔsoma ma wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoe ne bammɔ aba, kɔɔ Yudafo a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu ason no a ɛwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa so. \v 31 Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirihyiade a wodi no nnɛ yi ara no timii. Yudani Mordekai ne Ɔhemmea Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛnea wɔasi no gyinae ama wɔn ho ne wɔn asefo no, de ama mmuadadi ne agyaadwotwa mmere no atim.) \v 32 Enti Ɛster mmara no sii Purim ho nhyehyɛe so dua, na wɔkyerɛw ne nyinaa guu nhoma mu. \c 10 \s1 Ahasweros Ne Mordekai Kɛseyɛ \p \v 1 Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wontua tow wɔ nʼaheman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. \v 2 Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛe ne sɛnea ɔhene pagyaw no no nyinaa no, wɔankyerɛw wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu ana? \v 3 Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔmanpanyin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa de akyi. Na odi mu wɔ Yudafo no mu. Na wobu no yiye, efisɛ na ne nkurɔfo yiyedi yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfi hɔfo nyinaa tenaa yiye.