\id EPH - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Efesofo \toc1 Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Efesofo \toc2 Efesofo \toc3 Efe \mt2 Paulo Nhoma A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Efesofo \c 1 \s1 Nkyia \p \v 1 Saa krataa yi fi me Paulo a Onyankopɔn fi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafo no nkyɛn, \b \p Merekyerɛw akɔma ahotefo a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu agyidifo: \b \p \v 2 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo. \b \s1 Honhom Nhyira Wɔ Kristo Mu \p \v 3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a efi ɔsoro abrɛ yɛn. \v 4 Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ wiase no, ɔdɔɔ yɛn na oyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomso biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ofi ɔdɔ mu \v 5 hyɛ too hɔ se, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma, \v 6 de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔba no mu no. \v 7 Ne mu na yenya ogye a efi ne mogya mu. Ne mu na yenya bɔnefakyɛ nso, sɛnea Onyankopɔn adom mmoroso a \v 8 ɔde nyansa ne ntease nyinaa hwie guu yɛn so no te. \v 9 Onyankopɔn nam nea Kristo yɛe no so ada nʼanwonwakwan no adi akyerɛ yɛn sɛ \v 10 bere a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔde nyinaa ano, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase. \p \v 11 Onyankopɔn yɛ nea ɔpɛ bere biara. Ɛno nti na ɔnam Kristo so paw yɛn fii wiase mfiase, \v 12 sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn a yedii kan nyaa anidaso wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no anuonyam. \v 13 Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Bere a motee nokwasɛm a ɛyɛ asɛmpa a ɛmaa mo nkwagye no, mugyee Kristo dii. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nsow wɔ ne mu. \v 14 Honhom no ma yɛn awerehyɛmu sɛ wɔde nea Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfo no bɛma yɛn. Afei yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no anuonyam. \s1 Aseda Ne Mpaebɔ \p \v 15 Esiane eyi nti, efi bere a metee gyidi a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfo no, \v 16 minnyaee aseda a mede ma Onyankopɔn wɔ mo ho no da. Mekae mo wɔ me mpaebɔ mu, \v 17 na mibisa yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no se ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu no. \v 18 Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na munhu ne hann no, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya anidaso a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no, ne ahonya a ɛwɔ agyapade kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefo no, \v 19 ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yegye di no. Ɛyɛ saa tumi nwonwaso no ara na ɔdaa no adi \v 20 bere a onyan Kristo fii awufo mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no. \v 21 Saa tumi yi korɔn sen mpanyinni ne tumidi, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne dibea biara a wotumi de ma saa bere yi ne bere a ɛbɛba no mu. \v 22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, \v 23 a ɛne ne nipadua. Ɔno ne nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu. \c 2 \s1 Yenya Nkwa Wɔ Kristo Mu \p \v 1 Mo de, na moawuwu wɔ mo amumɔyɛ ne mo bɔne a \v 2 na anka mote mu, bere a na mudi wiase ne wim sodifo ahenni akyi no ne honhom a mprempren ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no mu. \v 3 Bere bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii ɔhonam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛde ne ne nsusuwii. Yɛn nso, na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuw ba yɛn so. \v 4 Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no \v 5 maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ bere a anka yɛawuwu wɔ amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa. \v 6 Onyankopɔn nyan yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu \v 7 sɛnea ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu no, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛso nni no adi; nʼadɔe a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no. \v 8 Ɛyɛ adom no nti na wɔnam gyidi so agye mo nkwa. Emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde. \v 9 Emfi nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho. \v 10 Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛnea yɛte yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no. \s1 Kristo Mu Biakoyɛ \p \v 11 Afei monkae sɛ mo a na anka kan no wɔwoo mo sɛ amanamanmufo, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafo no (nea wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofo, \v 12 monkae sɛ saa bere no na moatew mo ho afi Kristo ho, na wɔnkan mo mfra Israelfo, na moyɛ ahɔho a monka bɔhyɛ apam no ho, na munni anidaso na munni Onyankopɔn nso wɔ wiase. \v 13 Nanso afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn. \p \v 14 Efisɛ Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafo ne amanamanmufo ayɛ no so de asomdwoe aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu fasu a na etwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfo no. \v 15 Ɔnam ne nipadua so asɛe Mose mmara ne nʼahyɛde tumi no. Ne botae ne sɛ ɔbɛma Yudafo ne amanamanmufo ayɛ baako na ɔde asomdwoe aba; \v 16 ɔnam asennua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abɔ mu ayɛ wɔn nipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam. \v 17 Enti Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa. \v 18 Ɔno nti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn. \p \v 19 Enti mprempren, monnyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ nnipa koro na mofra Onyankopɔn abusua no mu, \v 20 na wɔato mo asi asomafo no ne adiyifo no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatibo no so. \v 21 Ɔno na ɔma ɔdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu. \v 22 Ne mu na wɔresiesie mo na moabɔ mu abɛyɛ ofi a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu. \c 3 \s1 Paulo, Amanamanmufo Ɔsɛmpakafo \p \v 1 Me Paulo, mo amanamanmufo nti Kristo Yesu de me yɛɛ odeduani. \p \v 2 Nokware mu, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm, \v 3 a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyi so de ama sɛnea makyerɛw no tiaa dedaw no. \v 4 Na sɛ mokenkan eyi a na mobɛte nhumu a mewɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase, \v 5 nea wɔanyi ankyerɛ awo ntoatoaso bi mu nnipa sɛnea nnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafo ne adiyifo akronkron no. \v 6 Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufo ne Israelfo bɔ mu yɛ adedifo. Wɔbɔ mu yɛ nipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu. \p \v 7 Onyankopɔn dom akyɛde a ɔnam ne tumi so yɛ adwuma wɔ yɛn mu nti, meyɛɛ asɛmpa no ho somfo. \v 8 Ɛwɔ mu sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufo, \v 9 na memma nnipa nyinaa nhu saa ahintasɛm yi dwumadi a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa mu wɔ mfe bebree a atwa mu no mu no. \v 10 Nʼatirimpɔw ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ wim mpanyinni ne atumfo, \v 11 sɛnea ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botae a ɛwɔ hɔ daa no. \v 12 Afei Kristo ma yɛn akokoduru ne ahotoso a ɛma yenya gyidi ba Onyankopɔn anim. \v 13 Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mihu ma mo no ho. Ɛyɛ mo anuonyamhyɛ. \s1 Wɔbɔ Mpae Ma Efesofo \p \v 14 Eyi nti mibu nkotodwe wɔ Agya no anim, \v 15 ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so no so. \v 16 Mebɔ mpae sɛ omfi nʼanuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den, \v 17 sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidi so abɛtena mo koma mu. Sɛ moagye ntin na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpae sɛ \v 18 mo ne ahotefo nyinaa benya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛw, ne tenten, ne korɔn ne emu dɔ no ase, \v 19 na moahu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma. \p \v 20 Anuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ nea yebisa anaa nea yesusuw ma ɛboro so. \v 21 Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfi nnɛ nkosi daa daa. Amen. \c 4 \s1 Biakoyɛ Wɔ Kristo Mu \p \v 1 Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no. \v 2 Mommrɛ mo ho ase koraa na munnwo; montɔ mo bo ase, na mo ne obiara ntena wɔ ɔdɔ mu. \v 3 Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoe hama so bɛma Honhom biakoyɛ no atena mo mu. \v 4 Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidaso baako, \v 5 Awurade baako, gyidi baako ne asubɔ baako mu no. \v 6 Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a odi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso. \p \v 7 Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛnea Kristo akyɛ ama yɛn. \v 8 Eyi nti na Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Bere a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, \q2 ɔfaa nneduafo kaa ne ho; \q2 na ɔmaa nnipa akyɛde.” \m \v 9 Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛase ne dɛn? Ase kyerɛ sɛ, nea edi kan no, ɔkɔɔ fam wɔ asase ase pɛɛ. \v 10 Enti nea ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro wim nyinaa so, sɛnea ɔbɛhyɛ abɔde nyinaa ma. \v 11 Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafo, afoforo yɛɛ adiyifo, afoforo yɛɛ asɛmpakafo, na afoforo nso yɛɛ asɔfo ne akyerɛkyerɛfo. \v 12 Ɔyɛɛ eyi de siesiee Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛnea Kristo nipadua no nyin bɛkɔ so \v 13 kosi sɛ yɛn nyinaa benya gyidi baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyin wɔ Kristo mayɛ mu. \p \v 14 Yɛrenyɛ mmofra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ nea ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na bradatofo ne aniferefo daadaa wɔn. \v 15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokware ne ɔdɔ honhom mu a, yebenyin wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no mu. \v 16 Ne mu na honam akwaa ahorow no suso wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma, na nipadua no nyin ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu. \s1 Hannmma Asetena \p \v 17 Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ se monntena ase bio sɛ amanamanmufo a wonni adwene pa bi, \v 18 na sum aduru wɔn ntease. Wonnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wonnim Onyankopɔn mu asetena na wonni nkatede ma nea ɛteɛ. \v 19 Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afide ahorow nyinaa bi a wonnu wɔn ho. \p \v 20 Ɛnyɛ saa na musua faa Kristo ho. \v 21 Ɛyɛ nokware sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛnea nokware a ɛwɔ Yesu mu no te. \v 22 Enti montwe mo ho mfi mo suban dedaw no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔw no ho. \v 23 Momma Honhom no nyɛ mo koma ne mo adwene foforo, \v 24 na montena ase wɔ suban foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ treneeyɛ ne kronkronyɛ mu no. \p \v 25 Munnni atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu. \v 26 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne. Mommma owia nkɔtɔ mo abufuw so. \v 27 Mma ɔbonsam kwan. \v 28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔn no gyae akrɔmmɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforo. \p \v 29 Mma kasa bɔne mfi wʼanom, na mmom ka kasa pa na aboa afoforo sɛnea ehia wɔn na wɔn a wotie anya so mfaso. \v 30 Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔw mo ano ama ogyeda no werɛ. \v 31 Munyi yawdi, bobɔne ne abufuw, ahohoahoa ne nseku ne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu. \v 32 Monyɛ ayamye mma mo ho mo ho, mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomso nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no. \c 5 \nb \v 1 Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no nti, munsuasua no \v 2 na motena ase ɔdɔ mu sɛnea Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔde a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn no. \p \v 3 Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte aguamammɔ anaa afide anaa anibere ho asɛm wɔ mo mu, efisɛ eyinom mfata Onyankopɔn nkurɔfo kronkron. \v 4 Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa fi, ahuhusɛm anaa sɛ muyi aseresɛm, mmom monna ase. \v 5 Munnya ntease sɛ, obiara a ɔbɔ aguaman na ɔyɛ afide, na ɔyɛ oniberefo (anibere yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahenni no mu bi. \v 6 Mommma obiara mmfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Efisɛ saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fuw wɔn a wɔyɛ asoɔden no. \v 7 Enti mo ne saa nnipa no nyɛ biribiara. \p \v 8 Bere bi, na moyɛ sum, nanso mprempren de, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa nti montena ase sɛ hann mma. \v 9 Efisɛ hann no ma moyɛ papa, atreneefo ne nokwafo, \v 10 na ɛhwehwɛ nea ɛsɔ Awurade ani. \v 11 Montwe mo ho mfi nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ sum mu ho, na mompa ho ntama. \v 12 Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfo yɛ no wɔ sum mu no so. \v 13 Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yebehu nnebɔne biara a wɔyɛ. \v 14 Efisɛ hann da biribiara adi. Enti na wɔaka se, \q1 “Nyan, wo a woada, \q2 na sɔre fi awufo mu, \q2 na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.” \p \v 15 Enti monhwɛ mo akwan yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wonim nyansa. \v 16 Monyɛ mo akwannya biara so ade, efisɛ, nna yi yɛ nna bɔne. \v 17 Monnyɛ adwene mu harefo, na mmom monte Awurade apɛde ase. \v 18 Monnnom nsa mmmow na amfa mo ankɔ ahohwibɔ mu. Na mmom momma Honhom no nhyɛ mo ma. \v 19 Momfa nnwom, ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ koma mu, \v 20 na monna Agya Onyankopɔn ase bere biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu. \p \v 21 Mumfi nidi a mowɔ ma Kristo mu no mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho. \s1 Ɔyerenom Ne Okununom \p \v 22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, \v 23 efisɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛnea Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefo no. Asafo no yɛ Kristo nipadua. \v 24 Sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom. \p \v 25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛnea Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no, \v 26 na ɔnam asɛm no so de nsu guaree no yɛɛ no kronkron, \v 27 de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a enni nkekae anaasɛ mpomponoe anaasɛ dɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a enni sintɔ. \v 28 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho. \v 29 Obiara ntan ne ho. Mmom ɔma no aduan hwɛ no yiye sɛnea Kristo yɛ asafo no, \v 30 na yɛn nso yɛyɛ ne nipadua no ho akwaa. \v 31 “Eyi nti, ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ ɔhonam baako.” \v 32 Eyi yɛ ahintasɛm a mu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. \v 33 Enti ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de nidi ma ne kunu. \c 6 \s1 Mma Ne Awofo \p \v 1 Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye. \v 2 “Di wʼagya ne wo na ni,” eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho, \v 3 “na asi wo yiye na wo nna nso aware wɔ asase yi so.” \p \v 4 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu. \s1 Nkoa Ne Awuranom \p \v 5 Nkoa, momfa obu ne osuro mfi koma pa mu nyɛ osetie mma mo honam fam wuranom, sɛnea mobɛyɛ osetie ama Kristo no ara. \v 6 Monyɛ osetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ bere a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom monyɛ sɛ Kristo nkoa a mufi mo koma mu reyɛ Onyankopɔn apɛde. \v 7 Momfa mo koma nyinaa nsom sɛnea moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa, \v 8 efisɛ munim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka. \p \v 9 Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfo. Munnyae wɔn ahunahuna efisɛ mo ne mo asomfo nyinaa wɔ owura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno de, ɔnhwɛ anim. \s1 Nyankopɔn Akode \p \v 10 Nea etwa to ne sɛ, monyɛ den wɔ ne tumi kɛse no mu. \v 11 Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛe ano. \v 12 Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. \v 13 Eyi nti, monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a moatumi agyina, na muwie biribiara a moagyina pintinn. \v 14 Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, \v 15 na momfa Asɛmpa no asomdwoe no nhyehyɛ mo anan. \v 16 Eyinom nyinaa akyi no, momfa gyidi kyɛm, nea mode bedum ɔbɔnefo bɛma a ɛredɛw no. \v 17 Momfa nkwagye dade kyɛw ne Honhom no afoa a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no. \p \v 18 Mommɔ mpae mmere nyinaa mu wɔ Honhom mu, mpaebɔ ahorow ne nkotosrɛ mu. Eyi nti monna mo ho so, na mommɔ mpae mma ahotefo. \v 19 Mommɔ mpae mma me nso na sɛ mibue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. \v 20 Mprempren meyɛ ho nanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno nti, mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru apae mu aka no sɛnea ɛsɛ sɛ meka no. \b \s1 Nkradi \p \v 21 Yɛn nua dɔfo Tihiko a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo nokwafo no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛnea me ho te ne dwuma a meredi. \v 22 Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso. \b \p \v 23 Asomdwoe nka anuanom nyinaa, na Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokware dɔ. \b \p \v 24 Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.