\id ECC - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Ɔsɛnkafo \toc1 Ɔsɛnkafo \toc2 Ɔsɛnkafo \toc3 Ɔskf \mt1 Ɔsɛnkafo \c 1 \s1 Biribiara Yɛ Adehuhuw \p \v 1 Eyinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafo, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem se: \q1 \v 2 “Ahuhude! Ahuhude!” \q2 Ɔsɛnkafo no na ose. \q1 “Ahuhude mu ahuhude \q2 Biribiara yɛ ahuhude.” \b \q1 \v 3 Dɛn na onipa nya fi nʼadwumayɛ nyinaa mu, \q2 nea okum ne ho yɛ no owia so no? \q1 \v 4 Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ, \q2 nanso asase tim hɔ daa. \q1 \v 5 Owia pue na owia kɔtɔ, \q2 na ɛyɛ ntɛm kɔ nea epue fii hɔ no. \q1 \v 6 Mframa bɔ kɔ anafo fam \q2 na ɛdan hwɛ atifi fam; \q1 ekyinkyin kɔ baabiara, \q2 na ɛsan bɔ fa ne kwan so. \q1 \v 7 Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu, \q2 nanso po nyɛ ma da. \q1 Faako a nsubɔnten no fi no \q2 hɔ na wɔsan kɔ bio. \q1 \v 8 Biribiara yɛ ɔbrɛ \q2 a ɛboro nea obi bɛka so. \q1 Ani nhwɛ ade nwie da \q2 na aso nso ntie nsɛm mma ɛnyɛ mma da. \q1 \v 9 Nea aba no bɛba bio, \q2 nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; \q2 ade foforo biara nni owia yi ase. \q1 \v 10 Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se: \q2 “Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana? \q1 Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee; \q2 ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn. \q1 \v 11 Wɔnkae tetefo no, \q2 na wɔn a wonnya nnwoo wɔn no nso, \q1 wɔn a wobedi wɔn akyi no \q2 renkae wɔn. \s1 Nimdeɛ Yɛ Ahuhude \p \v 12 Me, Ɔsɛnkafo, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem. \v 13 Mituu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so! \v 14 Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa. \q1 \v 15 Nea akyea no wontumi nteɛ; \q2 na nea enni hɔ no wontumi nkan. \p \v 16 Mekaa wɔ me tirim se, “Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu.” \v 17 Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu sɛ eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa. \q1 \v 18 Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba; \q2 nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso. \c 2 \s1 Anigye Ne Adwuma Yɛ Ade Huhuw \p \v 1 Mekaa wɔ me koma mu se, “Afei bra, mede anigye bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahu nea eye.” Nanso ankosi hwee. \v 2 Mekae se, “Ɔserew yɛ nkwaseade. Na dɛn na anigye tumi yɛ?” \v 3 Mepɛɛ sɛ mihu nea eye pa ara ma yɛn wɔ bere tiaa a yɛwɔ wɔ asase yi so no. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsa bɛsɛpɛw me ho na mahwehwɛ, ahu nkwaseasɛm nkyerɛase, a na nyansa da so bɔ mʼankasa mʼadwene ho ban. \p \v 4 Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛse ase; misisii adan yɛɛ bobe nturo. \v 5 Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na miduaduaa nnuaba ahorow bebree wɔ mu. \v 6 Misisii nsukorae a mɛtwe nsu afi mu, de agugu nnua a ɛrenyin no so. \v 7 Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na minyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fi. Afei nso, minyaa anantwi ne nguan bebree sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. \v 8 Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyigyee ahemfo ne amantam no ademude kaa ho. Mefaa mmarima ne mmea nnwontofo, pɛɛ mmea atenae nso; nea ɛyɛ ɔbarima koma anigyede biara. \v 9 Migyee din sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Eyinom nyinaa mu no me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma. \q1 \v 10 Nea mʼani hwehwɛe biara mamfa ankame no; \q2 mansiw me koma anigye ho kwan. \q1 Me koma ani gyee me nnwuma nyinaa ho, \q2 na eyi yɛ mʼadwumayɛ so akatua. \q1 \v 11 Nanso sɛ mehwɛ nea me nsa ayɛ nyinaa \q2 ne nea mabrɛ anya a, \q1 ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea wotu mmirika taa mframa \q2 mannya mfaso biara wɔ owia yi ase. \s1 Nimdeɛ Ne Nkwaseade Yɛ Ade Huhuw \p \v 12 Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ, \q2 adammɔsɛm ne nkwaseasɛm so. \q1 Dɛn bio na nea wadi ɔhene ade betumi ayɛ \q2 asen nea wɔayɛ dedaw no? \q1 \v 13 Mihuu sɛ nimdeɛ ye sen nkwaseasɛm, \q2 sɛnea hann yɛ sen sum no. \q1 \v 14 Onyansafo ani wɔ ne tirim, \q2 na ɔkwasea de, ɔnantew sum mu; \q1 nanso mihuu sɛ \q2 wɔn nyinaa nkrabea yɛ pɛ. \p \v 15 Afei misusuw wɔ me koma mu se, \q1 “Ɔkwasea nkrabea bɛto me nso. \q2 Enti sɛ mihu nyansa a mfaso bɛn na minya?” \q1 Mekaa wɔ me koma mu se, \q2 “Eyi nso nka hwee.” \q1 \v 16 Te sɛ ɔkwasea no, onyansafo nso, wɔrenkae no daa; \q2 nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no. \q1 Te sɛ ɔkwasea no, onyansafo nso bewu! \s1 Adwumayɛ Nka Hwee \p \v 17 Ɛno nti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haw me. Ne nyinaa yɛ ahuhude, te sɛnea wotu mmirika taa mframa. \v 18 Mikyii nea mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, efisɛ ɛsɛ sɛ migyaw hɔ ma nea obedi mʼade. \v 19 Na hena na onim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso nea mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Eyi nso yɛ ahuhude. \v 20 Enti mepaa abaw wɔ owia yi ase adwumaden ho. \v 21 Na onipa befi ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛde, na afei ɛsɛ sɛ ogyaw nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛhaw adwene. \v 22 Dɛn na onipa nya fi ne brɛ ne dadwen a ɔde yɛ adwuma wɔ owia yi ase mu? \v 23 Ne nkwanna nyinaa, nʼadwumayɛ yɛ ɔyaw ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene yɛ adwuma. Eyi nso yɛ ahuhude. \p \v 24 Biribiara nsen sɛ onipa bedidi na wanom na wanya ahotɔ wɔ adwumayɛ mu. Eyi nso mihuu sɛ efi Onyankopɔn, \v 25 efisɛ ɛnyɛ ɔno a anka hena na obetumi adidi anaasɛ obenya ahotɔ? \v 26 Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigye, nanso omumɔyɛfo de, ɔma ɔboaboa ahonyade ano ma nea ɔsɔ Onyankopɔn ani. Eyi nso yɛ ahuhude, sɛnea wɔde mmirikatu taa mframa no. \c 3 \s1 Biribiara Wɔ Ne Bere \q1 \v 1 Biribiara wɔ ne bere, \q2 na dwumadi biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne bere. \b \q2 \v 2 Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere, \q2 ogu wɔ ne bere na otwa nso wɔ ne bere, \q2 \v 3 okum wɔ ne bere na ayaresa wɔ ne bere, \q2 obubu wɔ ne bere, na osi nso wɔ ne bere, \q2 \v 4 agyaadwotwa wɔ ne bere, na ɔserew nso wɔ ne bere, \q2 awerɛhow wɔ ne bere na asaw wɔ ne bere, \q2 \v 5 abo hwete wɔ ne bere na abo anoboa wɔ ne bere, \q2 atuuyɛ wɔ ne bere na ne ntetewmudi nso wɔ ne bere, \q2 \v 6 adehwehwɛ wɔ ne bere na adehwere wɔ ne bere, \q2 adekora wɔ ne bere na adetowgu wɔ ne bere, \q2 \v 7 ade mu sunsuane wɔ ne bere na ne pempam wɔ ne bere, \q2 kommyɛ wɔ ne bere na kasa wɔ ne bere, \q2 \v 8 ɔdɔ wɔ ne bere na ɔtan wɔ ne bere, \q2 ɔko wɔ ne bere na asomdwoe wɔ ne bere. \p \v 9 Mfaso bɛn na odwumayɛni nya fi nʼadwumaden mu? \v 10 Mahu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so. \v 11 Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase. \v 12 Minim sɛ biribiara nni hɔ a eye ma nnipa kyɛn sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ nea eye bere a wɔte ase. \v 13 Sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ ne dwumadi nyinaa mu, eyi ne Onyankopɔn akyɛde. \v 14 Minim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfi mu. Onyankopɔn yɛ eyi sɛnea nnipa de nidi bɛma no. \q1 \v 15 Biribiara a ɛwɔ hɔ nnɛ no, aba pɛn, \q2 na nea ɛbɛba no nso aba dedaw; \q2 na Onyankopɔn bɛfrɛ nea asi dedaw no ama akontaabu. \p \v 16 Na mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase sɛ: \q2 Amumɔyɛsɛm wɔ nea atemmu wɔ, \q2 atɛntreneebea no, amumɔyɛsɛm wɔ hɔ. \p \v 17 Medwenee wɔ me koma mu se, \q1 “Onyankopɔn bebu \q2 atreneefo ne amumɔyɛfo nyinaa atɛn, \q1 efisɛ adwuma biara benya ne bere, \q2 nneyɛe biara ne ne bere.” \p \v 18 Afei medwenee se, “Nnipa de, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wohu sɛ wɔte sɛ mmoa. \v 19 Onipa nkrabea te sɛ mmoa de na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛnea ɔbaako wu no, saa ara na ɔfoforo nso wu. Wɔn nyinaa wɔ ɔhome baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhude. \v 20 Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa fi dɔte mu na wɔsan kɔ dɔte mu. \v 21 Hena na onim sɛ onipa honhom foro soro na aboa de sian kɔ asase mu ana?” \p \v 22 Enti mihuu sɛ biribiara nni hɔ a eye ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, efisɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hena na obetumi de no asan aba sɛ ɔmmɛhwɛ nea ebesi ne wu nʼakyi? \c 4 \s1 Nhyɛso, Adwumaden, Ankonam \p \v 1 Bio, mehwɛ mihuu nhyɛso a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase: \q1 Mihuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nusu \q2 na wonni ɔwerɛkyekyefo biara; \q1 tumi no wɔ wɔn nhyɛsofo no nsam \q2 na wonni ɔwerɛkyekyefo biara. \q1 \v 2 Na mekae se: Awufo a \q2 wɔawuwu dedaw no, \q1 ani gye sen ateasefo; \q2 wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no. \q1 \v 3 Na nea oye sen baanu yi \q2 ne nea onnya mmae, \q1 nea onnya nhuu bɔne a \q2 wɔyɛ wɔ owia yi ase. \p \v 4 Na mihuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne nea onipa tumi yɛ nyinaa nnyinaso ne sɛ nʼani bere ne yɔnko. Eyi nso yɛ ahuhude, mmirika a wotu taa mframa. \q1 \v 5 Ɔkwasea bobɔw ne nsa gu ne ho \q2 na ɔsɛe ne ho. \q1 \v 6 Nsammua baako a asomdwoe wɔ mu \q2 ye sen nsammua abien a ɔbrɛ bata ho; \q2 ɛte sɛ nea wotaa mframa. \p \v 7 Afei nso mihuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase: \q1 \v 8 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam; \q2 onni ɔbabarima anaa onuabarima. \q1 Nʼadwumaden amma nʼawie da, \q2 nanso nʼani ansɔ nʼahonya. \q1 Obisaa ne ho se, “Na hena na merebrɛ ama no, \q2 na adɛn nti na mede anigye kame me kra?” \q1 Eyi nso yɛ ahuhude, \q2 ɛyɛ ɔhaw kwa. \b \q1 \v 9 Baanu ye sen ɔbaakofo, \q2 efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani: \q1 \v 10 Sɛ ɔbaako hwe ase a \q2 ne yɔnko betumi aboa no. \q1 Nanso onipa a ɔhwe ase a \q2 onni ɔboafo no, yɛ mmɔbɔ. \q1 \v 11 Bio, sɛ baanu da bɔ mu a wɔka wɔn ho hyew. \q2 Na ɛbɛyɛ dɛn na ankonam bɛka ne ho hyew? \q1 \v 12 Ɔbaakofo de, wobetumi aka no ahyɛ \q2 nanso baanu tumi pere wɔn ti. \q1 Hama a wɔawɔ no mmɛsa no, wontumi ntetew mu ntɛm. \s1 Nkɔso Yɛ Adehunu \p \v 13 Ɔbabun nyansafo a odi hia ye sen ɔhene akwakoraa a ɔyɛ ɔkwasea na ontie kɔkɔbɔ bio. \v 14 Ebia na ɔbabun no fi afiase na obedii ade anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehye abusua mu. \v 15 Mihuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantew owia yi ase nyinaa dii ɔbabun no akyi, nea odii ɔhene no ade no. \v 16 Nnipadɔm a wontumi nkan wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Eyi nso yɛ ahuhude, ɛte sɛ wotaa mframa. \c 5 \s1 Suro Onyankopɔn \p \v 1 Sɛ wokɔ Onyankopɔn fi a, hwɛ wʼanammɔntu yiye. Bɛn no na tie no sen sɛ wobɛbɔ nkwaseafo afɔre, wɔn a wonnim mfomso a wɔyɛ no. \q1 \v 2 Mpɛ ntɛm nkasa. \q2 Mpere wo ho wɔ wo koma mu \q2 sɛ wobɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim. \q1 Onyankopɔn te ɔsoro \q2 na wo de, wowɔ asase so, \q2 enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi. \q1 \v 3 Adaeso fi adwennwen bebree mu ba, \q2 na nsɛm dodow da adi wɔ ɔkwasea kasa mu. \p \v 4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Onni anigye wɔ nkwaseafo mu; enti di wo bɔhyɛ so. \v 5 Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a eye sen sɛ wobɛhyɛ bɔ na wunni so. \v 6 Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu somfo se, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomso.” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fuw nea woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma? \v 7 Adaeso ne nsɛnkeka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn. \s1 Ahonya Yɛ Ahuhude \p \v 8 Sɛ wuhu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntrenee ne ahofadi abɔ no a, mma eyinom nyɛ wo nwonwa, efisɛ nea ɔso sen no hwɛ no so, na nea ɔso sen wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so. \v 9 Wɔn nyinaa fa asase no so siade; na ɔhene no ankasa nya mfuw no so mfaso. \q1 \v 10 Nea nʼani bere sika no nnya nea ɛdɔɔso da; \q2 na nea ɔpɛ ahonyade dodow no ani nsɔ nea onya. \q2 Eyi nso yɛ ahuhude. \b \q1 \v 11 Adetɔnnne bu so a, \q2 saa ara na atɔfo no nso dɔɔso. \q1 Na mfaso bɛn na nea ɛwɔ no no nya \q2 sen sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ? \b \q1 \v 12 Ɔpaani da ma nʼani kum, \q2 sɛ wadidi amee, anaasɛ wammee, \q1 nanso ɔdefo ahonya dodow nti \q2 ontumi nna. \p \v 13 Mahu bɔne kɛse wɔ owia yi ase: \q1 wɔde ahode sie de haw ne wuranom, \q2 \v 14 anaasɛ ahode fa atoyerɛnkyɛm bi so hwere \q1 sɛ ɛbɛyɛ na wonya mma a \q2 wɔremmɛto hwee mfa. \q1 \v 15 Adagyaw na onipa de fi ne na yafunu mu bae, \q2 na sɛnea ɔbae no, saa ara na ɔbɛkɔ. \q1 Ɔremfa nʼadwumayɛ so mfaso biara a \q2 obetumi akita wɔ ne nsa mu no nkɔ. \p \v 16 Eyi nso yɛ ɔhaw kɛse: \q2 Sɛnea onipa ba no, saa ara na ɔkɔ, \q1 na mfaso bɛn na onya \q2 wɔ bere a ɔyɛ adwuma ma mframa? \q1 \v 17 Ne nna nyinaa mu no, odidi a nʼanom nyɛ no dɛ, \q2 efisɛ abawpa, ateetee ne abufuw wɔ no so. \p \v 18 Afei mihuu sɛ eye ma onipa sɛ obedidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmere kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, efisɛ eyi ne ne kyɛfa. \v 19 Nea ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyade ne adenya, na onya ahotɔ, de anigye yɛ nʼadwuma, na ohu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde. \v 20 Ɔntaa ntena ase nnwen ne nkwanna ho, efisɛ Onyankopɔn de koma mu anigye ama no. \c 6 \p \v 1 Mahu bɔne foforo bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yiye: \v 2 Onyankopɔn ma onipa ahonyade, adenya ne anuonyam sɛnea biribiara a ne koma pɛ no ɛremmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔho mmom na ɔde gye nʼani. Eyi yɛ ahuhude, ɔhaw a ɛyɛ yaw. \p \v 3 Onipa betumi anya mma ɔha na wanyin akyɛ; nanso ne mfe dodow yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba so wɔ mfaso sen no. \v 4 Ne ba no yɛ ade hunu, sum mu na ɔkɔ, na sum akata ne din so. \v 5 Ɛwɔ mu sɛ wanhu owia na onnim hwee de, nanso obenya ahomegye bebree sen nea saa ɔbarima no benya, \v 6 mpo sɛ ɔtena ase mfe apem mmɔho na wamfa nʼahonyade annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako ana? \q1 \v 7 Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia, \q2 nanso nʼakɔnnɔde mmee no da. \q1 \v 8 Na dɛn na onyansafo wɔ de sen ɔkwasea? \q1 Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yiye wɔ afoforo anim a \q2 mfaso bɛn na obenya? \q1 \v 9 Nea aniwa hu no \q2 ye sen nea akɔnnɔ kyin hwehwɛ. \q1 Eyi nso yɛ ahuhude, \q2 ɛte sɛ wotaa mframa. \b \q1 \v 10 Nea ɛwɔ hɔ biara, wɔato din dedaw, \q2 na sɛnea onipa te nso, wonim dedaw; \q1 onipa biara rentumi ne nea ɔwɔ ahoɔden \q2 sen no nnye eyi ho akyinnye. \q1 \v 11 Nsɛm dɔɔso a, \q2 mu ntease sua, \q2 na so wɔ mfaso ma onipa ana? \p \v 12 Na hena na onim nea eye ma onipa wɔ ne nkwanna kakraa bi a ɛyɛ ahuhude na ɔfa mu kɔ sɛ sunsuma no mu? Hena na obetumi aka nea ebesi wɔ owia yi ase akyerɛ no bere a ɔkɔ no? \c 7 \s1 Nimdeɛ \q1 \v 1 Din pa yɛ sen aduhuam papa, \q2 na owuda yɛ sen awoda. \q1 \v 2 Eye sɛ obi bɛkɔ ayi ase \q2 sen sɛ ɔbɛkɔ aponto ase, \q1 efisɛ owu yɛ onipa biara nkrabea \q2 na ɛsɛ sɛ ateasefo hyɛ eyi nsow. \q1 \v 3 Awerɛhow ye sen ɔserew, \q2 efisɛ anim a ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ de koma mu nsiesie pa ba. \q1 \v 4 Onyansafo koma wɔ ayi ase, \q2 nanso nkwaseafo koma wɔ ahosɛpɛwfo fi. \q1 \v 5 Eye sɛ wobetie onyansafo animka \q2 sen sɛ wobetie nkwaseafo dwom. \q1 \v 6 Sɛnea nsɔe turuturuw wɔ ɔsɛn ase no \q2 saa ara na nkwaseafo serew te. \q2 Eyi nso yɛ ahuhude. \b \q1 \v 7 Asisi ma onyansafo dan ɔkwasea, \q2 na kɛtɛasehyɛ sɛe koma. \b \q1 \v 8 Asɛm awiei ye sen ne mfiase, \q2 na ntoboase ye sen ahantan. \q1 \v 9 Mma wo koma nsɔre ntɛmntɛm, \q2 na abufuw da nkwaseafo srɛ so. \b \q1 \v 10 Nka se, “Adɛn nti na tete nna no ye sen nnɛ mmere yi?” \q2 Onyansafo mmisa nsɛm sɛɛ. \b \q1 \v 11 Nimdeɛ, ɛyɛ ade pa sɛ agyapade ara pɛ, \q2 so wɔ mfaso ma wɔn a wohu owia. \q1 \v 12 Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no, \q2 saa ara na sika nso te; \q1 nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ: \q2 nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban. \p \v 13 Dwene nea Onyankopɔn ayɛ ho: \q2 Hena na obetumi ateɛ \q2 nea wɔama akyea? \q1 \v 14 Mmere pa mu, ma wʼani nnye; \q2 nanso mmere bɔne mu, hu sɛ \q2 Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa. \q1 Ɛno nti onipa rentumi nhu \q2 nea ɛbɛto no daakye. \p \v 15 Me nkwanna a ɛyɛ ahuhude yi mu, mahu nneɛma abien: \q1 Ɔtreneeni a owu wɔ ne trenee mu, \q2 ne omumɔyɛfo a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumɔyɛ mu. \q1 \v 16 Nyɛ wo ho ɔtreneeni ntra so, \q2 na nyɛ wo ho onyansafo mmoro so; \q2 adɛn nti na wosɛe wo ho? \q1 \v 17 Nyɛ omumɔyɛfo ntra so, \q2 na nyɛ ɔkwasea nso, \q2 adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuwu ansa na wo bere aso. \q1 \v 18 Eye sɛ wubeso baako no mu den \q2 nanso nnyaa nea aka no mu. \q2 Onipa a osuro Onyankopɔn no besiw nneyɛe mmoroso nyinaa ano. \b \q1 \v 19 Nimdeɛ ma onyansafo baako tumi bebree \q2 sen kuropɔn mu asodifo du. \b \q1 \v 20 Onipa treneeni biara nni asase so a \q2 ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da. \b \q1 \v 21 Mfa nea nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm, \q2 anyɛ saa a wobɛte sɛ wo somfo redome wo, \q1 \v 22 na wunim wɔ wo koma sɛ \q2 wo nso woadome nkurɔfo mpɛn bebree. \p \v 23 Mede nimdeɛ asɔ eyinom nyinaa ahwɛ, na mekae se, \q1 “Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafo” \q2 nanso na eyi boro me so. \q1 \v 24 Sɛnea nimdeɛ te biara, \q2 ɛwɔ akyiri na emu dɔ, \q2 hena na obetumi ahwehwɛ ahu? \q1 \v 25 Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte ase, \q2 ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛnea nneɛma nhyehyɛe te \q1 na mate amumɔyɛ mu agyimisɛm ase, \q2 ne nkwaseasɛm mu adammɔsɛm nso. \b \q1 \v 26 Mahu nea ɛyɛ nwene sen owu; \q2 ɔbea a ɔyɛ afiri; \q1 ne koma yɛ nnaadaa \q2 na ne nsa yɛ mpokyerɛ. \q1 Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho \q2 nanso ɔbɔnefo de ɔbɛtɔ nʼafiri mu. \p \v 27 Ɔsɛnkafo no se, “Hwɛ eyi ne nea mahwehwɛ ahu: \q1 “Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mihu sɛnea nneɛma nhyehyɛe te, \q2 \v 28 mereyɛ nhwehwɛmu, \q2 na minhu hwee no, \q1 mihuu ɔbarima treneeni baako wɔ mmarima apem mu, \q2 nanso manhu ɔbea treneeni biara wɔ wɔn mu. \q1 \v 29 Eyi nko ara na mahu: \q2 Onyankopɔn yɛɛ adesamma atreneefo, \q2 nanso nnipa adan wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛe foforo.” \c 8 \q1 \v 1 Hena na ɔte sɛ onyansafo? \q2 Hena na onim sɛnea nneɛma te? \q1 Nimdeɛ te nnipa anim, \q2 na ɛbrɛ ne denyɛ ase. \s1 Yɛ Osetie Ma Ɔhene \p \v 2 Mise: Di ɔhene mmaransɛm so, efisɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim. \v 3 Mpɛ ntɛm mfi ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ na onii no anyɛ nea ɔpɛ biara. \v 4 Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara de so nti, hena na obetumi aka akyerɛ no se: “Dɛn na woreyɛ yi?” \q1 \v 5 Nea odi ne mmaransɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, \q2 na nyansa koma behu bere a ɛsɛ, ne ne kwan. \q1 \v 6 Nneyɛe biara wɔ ne bere a ɛfata ne kwan a wɔfa so yɛ, \q2 nanso onipa haw hyɛ no so bebree. \b \q1 \v 7 Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm nti, \q2 hena na obetumi akyerɛ ɔfoforo nea ɛreba? \q1 \v 8 Obiara nni mframa so tumi na waboa ano; \q2 saa ara na obiara nni ne wuda so tumi. \q1 Sɛ wonnyaa obiara wɔ ɔko bere mu no, \q2 saa ara na amumɔyɛ rennyaa wɔn a wodi amumɔyɛsɛm no. \p \v 9 Mihuu eyinom nyinaa bere a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase no ho. Bere bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforo so ma ɛdan ɔhaw ma no. \v 10 Bio, mihuu sɛ wɔasie amumɔyɛfo, wɔn a anka wodi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Eyi nso yɛ ahuhude. \p \v 11 Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛe a wɔde yɛ bɔne ho. \v 12 Ɛwɔ mu sɛ omumɔyɛfo bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn no yiye, wɔn a wodi Onyankopɔn ni no. \v 13 Nanso esiane sɛ amumɔyɛfo nsuro Onyankopɔn nti, ɛrensi wɔn yiye na wɔn nna renware sɛ sunsuma. \p \v 14 Ade bi nso a ɛyɛ ahuhude a esi wɔ asase so, ɛne sɛ, atreneefo bi nya akatua a ɛfata amumɔyɛfo, na amumɔyɛfo bi nya akatua a ɛfata atreneefo. Eyi nso, mise ɛyɛ ahuhude. \v 15 Enti mekamfo wiase mu anigye, efisɛ biribiara nni owia yi ase a eye ma onipa sen sɛ obedidi, anom ama nʼani agye. Na afei obenya anigye wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa. \p \v 16 Bere a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no, \v 17 mihuu nea Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte nea ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhu nkyerɛase da. Sɛ mpo onyansafo bi ka se onim a, ɔrentumi nte ase yiye da. \c 9 \s1 Nkrabea A Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Nyinaa \p \v 1 Enti medwenee eyinom nyinaa ho na mihuu sɛ atreneefo, anyansafo ne nea wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. \v 2 Wɔn nyinaa nkrabea yɛ baako; atreneefo ne amumɔyɛfo, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ. \q1 Sɛnea ɛte ma onipa pa no, \q2 saa ara na ɛte ma ɔbɔnefo; \q1 sɛnea ɛte ma wɔn a wɔka ntam no, \q2 saa ara na ɛte ma wɔn a wosuro sɛ wɔbɛka ntam. \p \v 3 Eyi ne bɔne a ɛwɔ biribiara a esi wɔ owia yi ase mu. Nkrabeakoro ba yɛn nyinaa so. Nea ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa koma mu ma na adammɔ nsɛm wɔ wɔn koma mu, bere a wɔwɔ nkwa mu, na akyiri no wɔkɔka awufo ho. \v 4 Obiara a ɔka ateasefo ho no wɔ anidaso, mpo ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu. \q1 \v 5 Na ateasefo nim sɛ wobewu, \q2 nanso awufo nnim hwee; \q1 wonni akatua biara bio, \q2 na wɔn ho nkae mpo ayera. \q1 \v 6 Wɔn dɔ, ɔtan \q2 ne ninkunu atu ayera dedaw; \q1 wonni hwee yɛ wɔ \q2 biribiara a esi wɔ owia yi ase mu. \p \v 7 Enti kɔ, fa anigye di wʼaduan, na fa ahosɛpɛw koma nom wo nsa, efisɛ saa bere yi na Onyankopɔn pene nea woyɛ so. \v 8 Bere biara ma wʼadurade nyɛ fitaa na fa ngohuam sra wo tirim. \v 9 Wo ne wo yere, munnye mo ani, ɔbea a wodɔ no no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhude nna no. Efisɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwanna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase. \v 10 Nea wo nsa bɛso so biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ ɔda a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwennwene, nhumu ne nimdeɛ nni hɔ. \p \v 11 Mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase: \q1 Mmirikakansi nni hɔ mma nea ne ho yɛ hare \q2 anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfo, \q1 aduan mma onyansafo nkyɛn \q2 anaasɛ ahonya nnkɔ nhumufo hɔ, \q2 na adom nnkɔ nimdefo nkyɛn; \q1 nanso bere ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa. \p \v 12 Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne bere bɛso: \q1 Sɛnea asau buma mpataa, \q2 ne sɛnea afiri yi nnomaa no \q1 saa ara na mmere bɔne to nnipa \q2 wɔ bere a wɔn ani nni wɔn ho so. \s1 Nimdeɛ Ye Sen Nkwaseasɛm \p \v 13 Bio, mihuu saa nimdeɛ ho nhwɛso yi wɔ owia yi ase ma mʼani gyee ho yiye: \v 14 Bere bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a mu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi tow hyɛɛ kuropɔn yi so, otwaa ho hyiae na osisii mpie akɛse tiaa no. \v 15 Na ohiani bi a onim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. \v 16 Enti mekae se, “Nimdeɛ ye sen ahoɔden.” Nanso wobuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio. \q1 \v 17 Ɛsɛ sɛ wotie onyansafo nsɛm a ɔka no brɛoo no \q2 na ɛnyɛ nkwaseafo sodifo nteɛteɛmu. \q1 \v 18 Nimdeɛ ye sen akode, \q2 nanso ɔdebɔneyɛni baako sɛe nnepa bebree. \b \c 10 \q1 \v 1 Sɛnea nwansena funu ma aduhuam yi nka bɔne no, \q2 saa ara na nkwaseasɛm kakraa bi boro nimdeɛ ne anuonyam so no. \q1 \v 2 Onyansafo koma sian kɔ nifa, \q2 nanso ɔkwasea koma kɔ benkum. \q1 \v 3 Mpo sɛ ɔkwasea nam ɔkwan so a, \q2 wohu sɛ onnim nyansa \q2 na ɔma obiara hu sɛ wagyimi. \q1 \v 4 Sɛ sodifo bo fuw wo a, \q2 nnyaw wʼadwuma nto hɔ; \q2 na ntoboase dwudwo mfomso kɛse ano. \b \q1 \v 5 Bɔne bi wɔ hɔ a mahu wɔ owia yi ase \q2 ɛyɛ mfomso bi a efi sodifo: \q1 \v 6 Wɔma nkwaseafo dibea a ɛkorɔn, \q2 na asikafo nya nea ɛwɔ fam. \q1 \v 7 Mahu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so, \q2 na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa. \b \q1 \v 8 Obiara a otu amoa no betumi atɔ mu; \q2 na nea obubu ɔfasu no, ɔwɔ betumi aka no. \q1 \v 9 Obiara a ɔpae abo no, abo no betumi apira no; \q2 na nea ɔpae nnua no betumi anya mu akwanhyia. \b \q1 \v 10 Sɛ abonnua ano kum \q2 na wɔansew ano a \q1 ebehia ahoɔden bebree, \q2 nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdi bɛba. \b \q1 \v 11 Sɛ ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwudwo no a \q2 nea odwudwo ɔwɔ no rennya so mfaso biara. \b \q1 \v 12 Onyansafo anom nsɛm yɛ nyam, \q2 nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ ɔsɛe mu. \q1 \v 13 Mfiase no, wɔn nsɛm yɛ nkwaseasɛm; \q2 awiei no, ɛyɛ adammɔ atirimɔdensɛm, \q2 \v 14 na ɔkwasea woro nsɛm. \b \q1 Obiara nnim nea ɛreba, \q2 hena na obetumi aka nea ebesi wɔ obi akyi akyerɛ no? \b \q1 \v 15 Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ; \q2 na ɛmma onhu ɔkwan a ɛkɔ kurom. \b \q1 \v 16 Nnome nka wo, asase a na wo hene yɛ ɔsomfo \q2 na wo mmapɔmma to pon anɔpa. \q1 \v 17 Nhyira nka wo, asase a wo hene yɛ ɔdehye \q2 na wo mmapɔmma didi bere a ɛfata \q2 de pɛ ahoɔden na ɛnyɛ nsabow. \b \q1 \v 18 Sɛ obi yɛ akwadworɔ a ne mpuran yɛ mmerɛw; \q2 sɛ ne nsa nka hwee a ne fi nwini. \b \q1 \v 19 Wɔto pon ma serew, \q2 na nsa ma onipa ahosɛpɛw, \q2 nanso sika na ɛyɛ biribiara safe. \b \q1 \v 20 Wʼadwene mu mpo nkasa ntia ɔhene, \q2 na wo pia mu nso nnome ɔdefo, \q1 efisɛ anomaa a ɔnam wim de wʼasɛm bɛkɔ, \q2 na anomaa a otu bɛkɔ akɔka. \c 11 \s1 Wura Aguadi Pii Mu \q1 \v 1 Fa wʼawi twa po; \q2 na daakye bi wubenya so mfaso. \q1 \v 2 Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu, \q2 wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so. \b \q1 \v 3 Sɛ nsu ayɛ omununkum mu ma a, \q2 ɛtɔ osu gu asase so. \q1 Sɛ dua bi bu hwe anafo fam anaa atifi fam a, \q2 nea ɛhwee no, ɛhɔ ara na ɛbɛda. \q1 \v 4 Obiara a ɔtwɛn wim nsakrae no rennua, \q2 na nea ɔhwɛ omununkum no nso rentwa. \b \q1 \v 5 Sɛnea wunnim ɔkwan a mframa nam so, \q2 anaa sɛnea wɔnwen nipadua wɔ ɔyafunu mu no, \q1 saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase, \q2 ade nyinaa Yɛfo no. \b \q1 \v 6 Dua wʼaba anɔpa, \q2 na anwummere nso ma wo nsa nna ho, \q1 na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, \q2 sɛ eyi anaa eyi, \q2 anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie. \s1 Kae Wo Bɔfo Wɔ Wo Mmerante Bere Mu \q1 \v 7 Hann yɛ fɛ; \q2 na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ohu owia. \p \v 8 Mfe dodow a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa \q2 ɛsɛ sɛ onya ahotɔ. \q1 Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne \q2 na ɛbɛdɔɔso. \q2 Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhude. \b \q1 \v 9 Ma wʼani nnye, aberante, bere a woyɛ ɔbabun, \q2 ma wo koma mma wo anigye wɔ wo mmerantebere mu. \q1 Di nea wo koma pɛ \q2 ne nea wʼaniwa hu akyi, \q1 nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho \q2 Onyankopɔn de wo bɛba atemmu mu. \q1 \v 10 Enti yi adwennwen biara fi wo koma mu \q2 na tow ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu, \q2 efisɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhude. \c 12 \q1 \v 1 Kae wo Bɔfo \q2 wɔ wo mmerantebere mu, \q1 ansa na nnabɔne no aba \q2 na mfe a wobɛka se, \q2 “Minni mu anigye biara” no reba, \q1 \v 2 ansa na owia ne hann, \q2 ɔsram ne nsoromma aduru sum, \q2 na omununkum asan aba osutɔ akyi. \q1 \v 3 Bere a ofi no awɛmfo ho popo, \q2 na mmarima ahoɔdenfo akom, \q1 bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua nti \q2 na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu; \q1 \v 4 bere a wɔatoto abɔnten no apon mu \q2 na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase; \q1 bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan, \q2 nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase; \q1 \v 5 bere a nnipa suro sorokɔ \q2 ne mmɔnten so amanenyasɛm; \q1 bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwiren \q2 na tɛwtɛw twe ne ho kɔ no \q2 na nkatede ho adwudwo. \q1 Afei onipa kɔ ne daa home mu \q2 na agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so. \b \q1 \v 6 Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew, \q2 anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ; \q1 ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho, \q2 anaasɛ asubura so nkyimii abubu, \q1 \v 7 na dɔte san kɔ asase a efi mu bae, \q2 na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn. \b \q1 \v 8 “Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose. \q2 “Biribiara yɛ ahuhude!” \s1 Asɛm No Awiei \p \v 9 Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree. \v 10 Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso. \p \v 11 Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn. \v 12 Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima. \p Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛw. \q1 \v 13 Afei ne nyinaa atɔ asom; \q2 nsɛm no awiei ni: \q1 Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so, \q2 na onipa asɛde nyinaa ni. \q1 \v 14 Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn, \q2 nea wɔayɛ asie nso ka ho, \q2 sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.