\id DEU - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 5 Mose (Deuteronomium) \toc1 Mose Nhoma A Ɛto So Anum (Deuteronomium) \toc2 5 Mose \toc3 5 Mose \mt1 Mose Nhoma A Ɛto So Anum \mt4 Anaase \mt3 Deuteronomium \c 1 \s1 Wotu Fi Horeb \p \v 1 Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa wɔ sare no so wɔ Yordan apuei. Wɔbɔɔ atenae wɔ Yordan bon a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no. \v 2 Efi Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɔkwan a ɛfa bepɔw Seir no, yɛ nnafua dubaako kwan. \p \v 3 Israelfo fii Bepɔw Sinai no, afe a ɛto so aduanan no ɔsram dubaako no da a edi kan no, Mose kaa nsɛm a \nd Awurade\nd* hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn. \v 4 Ɔkaa saa asɛm yi wɔ bere a na wɔadi Amorifo hene Sihon a na odi ade wɔ Hesbon ne Basanhene Og a na odi ade wɔ Astarot ne Edrei so nkonim. \p \v 5 Yordan apuei fam a ɛwɔ Moab asase so na Mose fii ase kyerɛkyerɛɛ mmara no mu se: \b \p \v 6 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb se: “Moatena saa bepɔw yi so akyɛ dodo. \v 7 Muntutu nkɔtena Amorifo nkoko no so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔw no mu ne atɔe mmepɔw ayaase hɔ nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkosi Kanaanfo asase so ne Lebanon nkodu Asubɔnten Eufrate ho. \v 8 Muntie! Mede saa asase yi ama mo. Monkɔ na monkɔfa asase a \nd Awurade\nd* hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob ne wɔn asefo no.” \s1 Akannifo No Yiyi \p \v 9 Saa bere no, meka kyerɛɛ mo se, “Me nko ara merentumi nyɛ mo ho adwuma. \v 10 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ama mo ase adɔ enti nnɛ yi, mo ase afɛe te sɛ ɔsoro nsoromma. \v 11 \nd Awurade\nd* mo agyanom Nyankopɔn mma mo nnɔ mmɔho mpempem na onhyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no! \v 12 Na ɛbɛyɛ dɛn na me nko metumi asoa mo haw ne mo nnesoa ne mo ntawntaw? \v 13 Mompaw mmarima bi a wɔwɔ nyansa, ntease na wɔwɔ din pa mfi abusuakuw biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.” \p \v 14 Mubuaa me se, “Dwuma a woasusuw sɛ wubedi no ye.” \p \v 15 Enti mede mo mmusuakuw mu mmarima atitiriw, anyansafo a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so sɛ ahwɛfo. \v 16 Na atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no nso, mehyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ akasakasa ba anuanom ntam, sɛ asɛm no yɛ Israelni ne ne nua bi anaa Israelni ne ɔhɔho bi a, monhwɛ na mummu atɛntrenee. \v 17 Mo atemmu mu, mummmu ntɛnkyew. Muntie ɔketewa ne ɔkɛse pɛ. Munnsuro onipa biara, efisɛ Onyankopɔn na obu atɛn. Asɛm a ɛyɛ den ma mo no, momfa mmrɛ me na minni.” \v 18 Na saa bere no, mekaa biribiara a ɛsɛ sɛ moyɛ kyerɛɛ mo. \s1 Wɔsoma Akwansrafo \p \v 19 Na sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ yɛn no, yefii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ Amorifo bepɔw a yɛnam sare pradada a moahu no so koduu Kades-Barnea. \v 20 Afei, meka kyerɛɛ mo se, “Moadu Amorifo bepɔw man a \nd Awurade\nd* de rema yɛn no so. \v 21 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de asase no ama mo. Momforo nkɔfa, sɛnea \nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn, ka kyerɛɛ mo no. Munnsuro: mommma obi mmu mo aba mu.” \p \v 22 Na mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkae se, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no so mma yɛn na wɔmmɛka nea wobehu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn kwan ne nkurow ko a yɛbɛfa so.” \p \v 23 Na saa nsusuwii yi ye ma me nti mepaw akwansrafo dumien a mo mmusuakuw dumien no mu nnipa biara wɔ mu. \v 24 Wɔforoo bepɔw no na wokoduu Eskol subon mu sraa hɔ. \v 25 Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkae se, asase a \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa. \s1 Israelfo Atuatew \p \v 26 Nanso na mompɛ sɛ moforo kɔ soro. Motew \nd Awurade\nd* asɛm so atua. \v 27 Munwiinwii wɔ mo ntamadan mu kae se, “\nd Awurade\nd* tan yɛn nti na ɔde yɛn fi Misraim de yɛn abɛhyɛ Amorifo nsam sɛ wonkunkum yɛn no. \v 28 Yɛrekɔ he? Yɛn akwansrafo no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka se nnipa yɛ atenten ahoɔdenfo sen yɛn. Wɔn nkurow yɛ akɛse a afasu a wɔatoto afa ho no kɔ sorosoro. Na mpo, yehuu Anakfo wɔ hɔ!’ ” \p \v 29 Na meka kyerɛɛ mo se, “Mommɔ hu, munnsuro wɔn. \v 30 \nd Awurade\nd* di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛnea muhuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no. \v 31 Na muhuu nso sɛnea \nd Awurade\nd* kɔɔ so hwɛɛ mo ntoatoaso wɔ sare so ha sɛnea agya hwɛ ne ba no. Moatwa kwan no nyinaa de abedu beae ha.” \p \v 32 Nanso eyi nyinaa akyi no, moannya \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, mu awerehyɛmu. \v 33 Ɔno na odii mo akwantu no anim, pɛɛ beae pa maa mo tenae, de ogya dum kyerɛɛ mo kwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo kwan awia. \p \v 34 \nd Awurade\nd* tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuw yiye na ɔkaa ntam se, \v 35 “Saa awo ntoatoaso bɔne yi mu onipa baako koraa nni hɔ a obehu asase pa a, maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no, \v 36 gye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na obehu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefo, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii \nd Awurade\nd* akyi.” \p \v 37 Me nso, esiane mo nti, \nd Awurade\nd* bo fuw me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Wo nan rensi Bɔhyɛ Asase no so da. \v 38 Na mmom, wo boafo Nun babarima Yosua na obedi ɔmanfo no anim akɔ asase no so. Hyɛ no nkuran, efisɛ obedi Israelfo no anim akɔfa asase no. \v 39 Mede asase no bɛma wo mma a wonnim biribiara. Wo mma a wonnim papa nnim bɔne no a na wusuro sɛ wɔbɛkyere wɔn nnommum no na mede asase no bɛma wɔn. Wɔn na wɔbɛtena asase no so. \v 40 Na wo de, dan wʼani kɔ sare so a ɛkeka kɔ Po Kɔkɔɔ no so hɔ.” \p \v 41 Ɛno na mugye too mu se “Yɛayɛ bɔne atia \nd Awurade\nd*. Yɛbɛkɔ asase no so akɔko sɛnea \nd Awurade\nd* aka akyerɛ yɛn no.” Enti mo mu biara faa nʼakode hyehyɛe. Na mususuwii sɛ ɔman a ɛda bepɔw so no sokɔ yɛ mmerɛw. \p \v 42 Nanso \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Monnkɔ hɔ nkɔko, efisɛ merenka mo ho nkɔ. Mo atamfo no bedi mo so.’ ” \p \v 43 Meka kyerɛɛ mo, nanso moantie. Mosɔre tiaa \nd Awurade\nd* ahyɛde no na monam ahomaso so foro kɔɔ asase no so kɔkoe. \v 44 Amorifo a wɔte bepɔw no so nso sɔre baa mo so; wɔtaa mo sɛ nnowa, boroo mo fi Seir koduu Horma. \v 45 Afei, mosan ba besuu wɔ \nd Awurade\nd* anim, nanso osiw nʼaso a wantie mo su no. \v 46 Ɛno nti, motenaa Kades nna bebree. \c 2 \s1 Sare So Ananteanantew \p \v 1 Afei, yɛsan yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ sare so wɔ baabi a Po Kɔkɔɔ no da hɔ sɛnea \nd Awurade\nd* kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenantew faa Seir bepɔw man no ho nna bebree. \p \v 2 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, \v 3 “Moatwa afa saa ɔman a ɛda bepɔw yi so no ho mmere sann, enti monnan mo ani nkyerɛ atifi fam. \v 4 Hyɛ ɔman no se, ‘Morebɛfa mo nuanom Edomfo, a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir no asase so. Edomfo no besuro mo, nanso monhwɛ yiye. \v 5 Monnhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo anan besisi, efisɛ mede Seir bepɔw kurow ama Esau sɛ nʼatenae. \v 6 Aduan biara a mubedi ne nsu biara a mobɛnom no, momfa dwetɛ ntua wɔn ho ka.’ ” \p \v 7 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantu wɔ sare kakraa yi nyinaa so. Saa mfe aduanan yi nyinaa mu no, \nd Awurade\nd* aka mo ho na hwee ho anhia mo. \p \v 8 Yetwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir ho no. Yɛfaa Araba subon kwan no a efi Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab sare so kwan no so. \p \v 9 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Monnhaw Moabfo no anaa monhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Efisɛ mede Ar ama Lot asefo sɛ agyapade.” \p \v 10 Kan no na Emifo na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfo no. \v 11 Wɔn nso, na wɔyɛ abran sɛ Anakfo no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaitefo, nanso Moabfo de, na wɔfrɛ wɔn Emifo. \v 12 Kan no na Horifo na wɔte Seir, nanso Esau asefo no tuu wɔn fii hɔ. Wɔsɛee Horifo no tenaa wɔn anan mu sɛnea Israel yɛɛ wɔ asase a \nd Awurade\nd* de maa wɔn sɛ wɔn agyapade no so no pɛpɛɛpɛ. \p \v 13 Na \nd Awurade\nd* kae se, “Afei, sɔre na kotwa Sered bon no.” Enti yekotwaa obon no. \p \v 14 Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-Barnea besii sɛ yetwaa Sered bon no yɛ mfirihyia aduasa awotwe. Saa bere no, na mmarima a wɔanyinyin yiye a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ sare no so sɛnea Awurade kaa ho ntam no. \v 15 Na \nd Awurade\nd* nsa tiaa wɔn ara kosi sɛ wɔn nyinaa wuwuu wɔ wɔn atenae hɔ. \p \v 16 Saa nnipa yi mu akofo a otwa to wuu no pɛ, \v 17 na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, \v 18 “Nnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar wɔ Moab mantam mu. \v 19 Na sɛ wudu Amonfo mu a, nhaw wɔn anaa nhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba, efisɛ meremma mo Amorifo nsase no bi. Mede ama Lot asefo sɛ agyapade.” \p \v 20 Saa beae hɔ na abran akɛse a na Amonfo frɛ wɔn Samsumifo no te kan no. \v 21 Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfo a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfo no. Na \nd Awurade\nd* sɛee Samsumifo no wɔ Amonfo anim ma wɔpam wɔn tenaa wɔn anan mu. \v 22 Saa ara na \nd Awurade\nd* sɛee Horifo wɔ Esau asefo a na wɔte Seir no anim ma wɔpam wɔn, tenaa wɔn anan mu de besi nnɛ yi. \v 23 Na Awifo a wɔtenaa nkuraa nkuraa trɛw koduu Gasa no nso, Kaftorfo a wofi Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu. \s1 Hesbonhene Sihon So Nkonimdi \p \v 24 “Sɔre kotwa Arnon Subon. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne man ahyɛ wo nsa. Kɔtow hyɛ ne so, na monko, na fa. \v 25 Efi nnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo nti, wɔanya adwenemhaw esiane mo nti.” \p \v 26 Mituu abɔfo fii Kedemot sare so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoe so kɔka kyerɛɛ no se, \v 27 “Ma yentwa mu mfa wo man mu ha. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee; yɛremman mfa benkum anaa nifa. \v 28 Tɔn aduan ma yenni na tɔn nsu nso ma yɛnnom. Nea yɛrehwehwɛ ara ne ɔkwan a wobɛma yɛn ama yɛanantew atwa mu, \v 29 sɛnea Esau asefo a na wɔte Seir ne Moabfo a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no akosi sɛ yebetwa Yordan akɔ asase a \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, de rema yɛn no so.” \v 30 Nanso Hesbonhene Sihon amma yɛantwa mu wɔ hɔ. Efisɛ na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ayɛ ne honhom sisirii, apirim ne koma sɛnea ɔnam so de no bɛhyɛ mo nsam, sɛnea wayɛ no nnɛ yi. \p \v 31 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Hwɛ, mafi ase de Sihon ne ne man ahyɛ wo nsam. Afei, fi ase na di wɔn so, na fa nʼasase no.” \p \v 32 Bere a Sihon ne ne dɔm behyiaa yɛn sɛ wɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas no, \v 33 \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, yii no maa yɛn ma yɛbobɔɔ ɔno, ne mmabarima ne nʼasraafo nyinaa hwehwee. \v 34 Na yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no sɛee ne mmarima, mmea ne mmofra a yɛannyaw obiara. \v 35 Mmom, nyɛmmoa ne asade ahorow a ɛwɔ nkurow a yedii so no mu no de, yɛsoa kɔe. \v 36 Efi Aroer a ɛda Arnon Subon ano ne kurow a ɛda subon no mu no, ne mpo, de kosi Gilead no, kurow biara nni hɔ a na ɛsodi yɛ den ma yɛn; \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. \v 37 Nanso, yɛankɔ Amorifo asase ne asase a ɛda Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔw no so nkurow no baabiara a \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ so no so. \c 3 \s1 Basanhene Og So Nkonimdi \p \v 1 Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan kwan so. Basanhene Og ne nʼasrafo nyinaa fi behyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koe. \v 2 Nanso \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Nsuro no, efisɛ mede ɔno ne nʼakofo ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Sɛnea woyɛɛ Amorihene Sihon a odii ade wɔ Hesbon dii no, yɛ no saa ara.” \p \v 3 Enti \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, san de Basanhene Og ne nʼakofo nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Yɛbɔɔ wɔn gui a anka wɔn mu baako koraa. \v 4 Saa bere no, yɛfaa ne nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfi wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan nyinaa. \v 5 Na wɔato afasu atenten afa saa nkuropɔn yi nyinaa ho de nnade apon atoto ano. Saa bere koro no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasu mfaa ho no bebree. \v 6 Yɛsɛee Basan kuropɔn no pasaa sɛnea yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkurow no ne mu mmarima, mmea ne mmofra nyinaa pasapasa. \v 7 Nanso nkuropɔn no mu nyɛmmoa ne asade ahorow no de, yɛsoa kɔe. \p \v 8 Saa bere no, yɛfaa Amorifo ahemfo baanu no nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apuei fam no nyinaa; nsase a efi Arnon subon mu de kosi bepɔw Hermon so nyinaa. \v 9 Sidonfo frɛ no Hermon Sirion na Amorifo frɛ no Senir. \v 10 Yɛfaa nkuropɔn a ɛwɔ bepɔw no atifi no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kosi nkurow a ɛwɔ Saleka ne Edrei a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi. \v 11 Abran no de, Basanhene Og nko na na waka. Ne dade mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa na ne trɛw yɛ anammɔn asia. Ɛda so wɔ Amonfo kuropɔn Raba mu mprempren ara. \s1 Nsase No Mu Kyekyɛ Wɔ Yordan Apuei Fam \p \v 12 Nsase a yɛfaa no saa bere no, mede ne fa a ɛda fi Aroer Arnon subon mu ne ɔman a ɛda Gilead bepɔw no fa ne ne nkurow no maa Rubenfo ne Gadfo. \v 13 Afei, mede asase no nkae a ɛyɛ Gilead ne Basan nyinaa a na anka ɛyɛ Og ahemman no maa Manase abusua fa no. Na wɔfrɛ Argob mantam a ɛwɔ Basan no nyinaa se Abran asase. \v 14 Manase aseni bi a wɔfrɛ no Yair faa Argob mantam no nyinaa de kosii Gesurfo ne Maakatfo hye so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de besi nnɛ. \v 15 Mede Gilead maa Makir, \v 16 Rubenfo ne Gadfo no, memaa wɔn asase bi a efi Gilead fa bi, kosi Arnon subon ho, de kosii Asubɔnten Yabok a ɛyɛ Amonfo hye no so. \v 17 Atɔe hye no fi Asubɔnten Yordan a ɛda Araba a efi Kineret kosi Araba Po (a ɛne Nkyene Po no) wɔ Pisga bepɔw no ase. \p \v 18 Na mehyɛɛ mo saa bere no se, “\nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de asase yi ama mo sɛ momfa. Nanso mo mmarima akofo nyinaa nhyɛ akode nni mo nuanom Israelfo no anim ntwa Yordan. \v 19 Mo yerenom, mo mma ne mo nyɛmmoa bebrebe a minim sɛ mowɔ no de, mubetumi agyaw wɔ nkurow a mede ama mo no so. \v 20 Sɛ \nd Awurade\nd* bɔ Israelfo a wɔaka no ho ban na wɔtena asase a \nd Awurade\nd* de rema wɔn wɔ Asubɔnten Yordan agya no so a, ansa na mo mu biara betumi asan akɔ asase a mede ama mo no so.” \s1 Wɔamma Mose Antwa Yordan \p \v 21 Saa bere no, meka kyerɛɛ Yosua se, “Wode wʼani ahu nea \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, ayɛ saa ahemfo baanu yi nyinaa. Saa ara na ɔbɛyɛ ahemman a ɛwɔ faako a morekɔ no nso. \v 22 Nsuro wɔn, na \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, bɛko ama wo.” \p \v 23 Saa bere no, mesrɛɛ \nd Awurade\nd* se, \v 24 “Otumfo \nd Awurade\nd*, woafi ase reda wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no adi akyerɛ wʼakoa. Na onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a obetumi ayɛ mmaninne te sɛ wo? \v 25 Mesrɛ wo, ma mintwa Yordan nkɔhwɛ asase pa a ɛda hɔ no, Lebanon mmepɔw asase fɛfɛ no.” \p \v 26 Nanso esiane mo nti, \nd Awurade\nd* bo fuw me. Na wantie me. Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Nka saa asɛm yi ho hwee bio nkyerɛ me. \v 27 Foro kɔ Pisga na hwɛ atɔe, atifi, anafo ne apuei. Esiane sɛ, worentwa Yordan no nti, wʼankasa fa wʼani hwɛ asase no. \v 28 Nanso soma Yosua, hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi saa nnipa yi anim atwa na wama wɔadi asase a wʼani tua yi.” \v 29 Ɛno nti, yɛtenaa subon a ɛbɛn Bet-Peor no mu. \c 4 \s1 Osetie Ho Afotu \p \v 1 Afei, Israel, muntie mmara ne nhyehyɛe a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi. Munni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a \nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn, de rema mo no so akɔtena hɔ. \v 2 Mommfa bi nka ho, na munnyi biribiara nso mmfi ahyɛde a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de ama me se memfa mma mo no mu, na mmom munni so. \p \v 3 Mode mo ani huu nea \nd Awurade\nd* yɛɛ mo wɔ Baal-Peor no. Ɔsɛee onipa biara a na ɔsom Baal-Peor no. \v 4 Nanso wɔn a na wodi \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn nokware nyinaa da so te ase besi nnɛ. \p \v 5 Sɛ mudu asase a mobɛtena so no so a, eyinom ne mmara ne ahyɛde a makyerɛkyerɛ mo a ɛsɛ sɛ mudi so. Efi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me se memfa mma mo. \v 6 Sɛ mudi so a, ɛbɛda mo nyansa ne ntease a mowɔ no adi akyerɛ aman a wɔbɛte saa ahyɛde yi nyinaa no na wɔaka se, “Ampa, nnipa yi yɛ ɔman kɛse a wonim nyansa na wɔwɔ ntease.” \v 7 Ɔman kɛse bɛn na ɔwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, a yɛfrɛ no a ogye yɛn so yi? \v 8 Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ trenee ahyɛde ne mmara sɛ saa mmara yi a mede rema mo nnɛ yi? \p \v 9 Monhwɛ yiye, na mo ani nna hɔ yiye pa ara na nna dodow a mote nkwa mu no, mo werɛ amfi nea moahu, anaa ampa amfi mo koma mu. Monkyerɛkyerɛ mo mma na awo ntoatoaso a ɛbɛba no nhu. \v 10 Ka kyerɛ wɔn, ne titiriw no, da a mokogyinaa \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, anim wɔ bepɔw Horeb so a ɔka kyerɛɛ me se, “Frɛ nnipa no wɔ mʼanim na wontie me nsɛm na wɔasua sɛnea wobedi me ni bere dodow a wɔte asase no so na ama wɔatumi akyerɛkyerɛ wɔn mma.” \v 11 Mubegyina bɛnee bepɔw no ase bere a na bepɔw no rehyew na ogyaframa no retu kɔ ɔsoro a omununkum ne esum kabii aduru no. \v 12 Na \nd Awurade\nd* kasa fii ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no nanso, moanhu no, nne kɛkɛ na ɛbae. \v 13 Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ munni so no adi; Mmaransɛm du a ɔkyerɛw guu abo pon abien so no. \v 14 Saa bere no na Awurade kyerɛɛ me sɛ menkyerɛkyerɛ mo ahyɛde ne mmara a ɛsɛ sɛ mudi so wɔ asase a morebetwa Yordan akɔfa no so. \s1 Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ \p \v 15 Da a \nd Awurade\nd* kasa fii ogya mu kyerɛɛ mo wɔ bepɔw Horeb so no moanhu no. Enti monhwɛ mo akwan yiye, \v 16 na porɔwee annidi mo amma moanyɛ ɔbosom, ohoni bi sɛso; sɛ ɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea sɛso, \v 17 anaa nea ɛsɛ asase so aboa bi, anaa anomaa a otu fa wim, \v 18 anaa nea ɛsɛ aboa bi a ɔwea wɔ fam anaa apataa bi a ɔwɔ nsu ase. \v 19 Na sɛ mohwɛ wim na muhu owia, ɔsram ne nsoromma, wim abɔde nyinaa a, momma ɛnntwetwe mo mma monnkotow nsom nneɛma a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de ama ɔsoro ase aman no nyinaa no. \v 20 Na mo de, \nd Awurade\nd* yii mo fii ogya framfram a ɛnan dade mu wɔ Misraim sɛ mommɛyɛ nʼadiadefo sɛnea mote nnɛ yi. \p \v 21 Mo nti, \nd Awurade\nd* bo fuw me yiye. Ɔkaa ntam se, merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapade no so. \v 22 Mewu wɔ asase yi so; merentwa Yordan; nanso morebetwa akɔfa asase pa no. \v 23 Monhwɛ yiye na moammu apam a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ne mo ayɛ no so. Monyɛ abosom a ɛyɛ biribiara nsɛso a mo \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, abra mo no. \v 24 Efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, yɛ Onyame ninkufo, ogya a ɔhyew ade. \p \v 25 Moawowo mma anya nananom akyi no na moatena asase no so akyɛ no, sɛ moma porɔwee didi mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn ani so hyɛ no abufuw a, \v 26 mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo de tia mo saa da yi sɛ, mobɛhyew afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔbɛsɛe mo ampa. \v 27 Na \nd Awurade\nd* bɛbɔ mo apansam akɔ aman so a mo mu kakraa bi na ɛbɛka wɔ aman a \nd Awurade\nd*bɛpam mo akɔ so no so. \v 28 Ɛhɔ na mobɛsom onipa nsa ano ahoni a wɔde nnua ne abo na ayɛ, anyame a wonhu ade na wɔnte asɛm na wonnidi nte hua no. \v 29 Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. Na sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mubehu no. \v 30 Sɛ ɔhaw bi to mo na eyinom nyinaa ba mo so a, akyiri no, mobɛsan akɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, nkyɛn na moayɛ osetie ama no. \v 31 Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, no yɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn; ɔrennyaw mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfi apam a ɔne mo agyanom pamee a ɔkaa ntam sii so no. \s1 Onyankopɔn Yɛ Baako \p \v 32 Hwehwɛ abakɔsɛm mu fi bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ asase so besi nnɛ yi; hwehwɛ fi ɔsoro ti de kosi ti. Hwɛ sɛ biribi kɛse a ɛte sɛ eyi asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn? \v 33 So nnipa foforo bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afi ogya mu sɛnea motee no na wɔda so te ase yi ana? \v 34 So onyame foforo bi nam ogye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa, ɔko, tumidi ne ahodwiriwde so agye ɔman bi afi ɔman foforo bi nsam afa sɛ ne de, sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a na mo ani tua no? \p \v 35 Ɔdaa eyinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ. \v 36 Ɔma motee ne nne fi ɔsoro nam so teɛteɛɛ mo so. Ɔma muhuu ne gya fadum asase so na motee ne nsɛm fii ogya no mu. \v 37 Esiane sɛ na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ sɛ ohyira wɔn asefo nti na ɔno ara de nʼanim ne ne tumi kɛse no yii mo fii Misraim no. \v 38 Ɔpam aman a na wɔn ho yɛ den sen mo no wɔ mo anim sɛnea ɔde mo bɛba wɔn asase so abɛfa sɛ mo agyapade, sɛnea ɛte nnɛ yi. \p \v 39 Enti munhu na momma ɛntena mo koma mu nnɛ yi sɛ \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so. Obi nni hɔ. \v 40 Munni saa ahyɛde ne mmara yi a mede rema mo nnɛ no so na ama asi mo ne mo mma yiye, na moanyin akyɛ wɔ asase a \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so. \s1 Guankɔbea Nkuropɔn \p \v 41 Afei, Mose yii nkuropɔn abiɛsa bi wɔ Yordan apuei fam \v 42 a, sɛ ɛba sɛ obi kum obi na wanhyɛ da na onni onipa ko no ho menasepɔw bi a otumi guan kɔ kɔ emu baako so kɔbɔ ne ho aguaa. \v 43 Oyii Beser a ɛda sare ne asase tataw so no maa Rubenfo. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfo na ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuw. \s1 Wɔda Mmara No Adi \p \v 44 Eyinom ne mmara a Mose de maa Israelfo no. \v 45 Israelfo no fii Misraim no, akwankyerɛ, mmara ne ahyɛde a Mose de maa wɔn \v 46 bere a na wɔwɔ obon a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam, wɔ Amorifo hene Sihon a odii ade wɔ Hesbon, a na Mose ne Israelfo no fi Misraim ɛreba no, wɔko dii ne so no. \v 47 Wɔfaa nʼasase no san faa Basanhene Og asase kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifo ahemfo a wɔte Yordan apuei fam. \v 48 Saa asase yi na efi Aroer a ɛda Arnon subon no ano kosi Sion bepɔw a ɛyɛ Hermon ho. \v 49 Israelfo no san faa nsase a ɛwɔ Araba po no ano wɔ Yordan apuei fam de kosi Nkyene Po wɔ Pisga mmepɔw no ase. \c 5 \s1 Mmaransɛm Du No \p \v 1 Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se: \p Israel, muntie, mmara ne ahyɛde a mede rema mo nnɛ no. Munsua na munni so. \v 2 Bere a yɛwɔ Horeb no, \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam bi. \v 3 Ɛnyɛ yɛn agyanom na \nd Awurade\nd* ne wɔn yɛɛ apam no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase nnɛ yi nyinaa na ɛyɛe. \v 4 \nd Awurade\nd* fi bepɔw so ogya mu ne mo kasaa anikann. \v 5 Migyinaa mo ne \nd Awurade\nd* ntam, na mekaa Awurade asɛm kyerɛɛ mo efisɛ na musuro ogya no nti, moamforo bepɔw no. \p Nsɛm a ɔkae no ni: \b \li4 \v 6 “Mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, a miyii mo fii nkoasom mu wɔ Misraim no. \b \li1 \v 7 “Monnsom onyame foforo biara nka me ho. \li1 \v 8 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase. \v 9 Monnkotow ohoni biara nsom no wɔ ɔkwan biara so, na me, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso wɔ awofonom bɔne a wɔyɛ no ho kɔ awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu, \v 10 nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no. \li1 \v 11 Mommmɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ. \li1 \v 12 Monkae homeda na munni no sɛ da kronkron. \v 13 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa, \v 14 na da a ɛto so ason no yɛ Homeda ma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi ne mo mfurum anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara. \v 15 Monkae sɛ bere bi a atwa mu no na moyɛ nkoa wɔ Misraim na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, nam anwonwatumi ne tumi nnwuma so na oyii mo fii hɔ. Ɛno nti na \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn hyɛ mo sɛ munni Homeda no. \li1 \v 16 Di wʼagya ne wo na ni sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no, na ama wo nkwanna aware, na asi wo yiye wɔ asase a \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn de rema wo no so. \li1 \v 17 Nni awu. \li1 \v 18 Nsɛe aware. \li1 \v 19 Mmɔ korɔn \li1 \v 20 Nni wo yɔnko ho adansekurum \li1 \v 21 Mma wʼani mmere wo yɔnko yere. Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa nʼasase anaa nʼakoa anaa nʼafenaa, ne nʼanantwi, nʼafurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.” \b \p \v 22 Eyinom ne mmaransɛm a \nd Awurade\nd* de nne kɛse a efi ogyaframa no mu pae mu ka kyerɛɛ mo fii omununkum a esum kabii atwa ho ahyia mu wɔ bepɔw no so a wamfa hwee anka ho. Na ɔkyerɛw guu abo pon abien so de maa me. \p \v 23 Motee nne no fii esum mu bere a bepɔw no so redɛw ogya framfram no, mmusuakuw mu ntuanofo no nyinaa baa me nkyɛn. \v 24 Wɔkae se, “\nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, akyerɛ yɛn nʼanuonyam ne ne tumi na yɛate ne nne afi ogya no mu. Nnɛ, yɛahu sɛ, sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa koraa a, onipa tumi tena ase. \v 25 Na afei, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu? Sɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnye biara nni ho sɛ yebewu na ogya no ahyew yɛn pasaa. \v 26 Efisɛ ɔkra teasefo bɛn na wate Onyankopɔn teasefo no nne sɛ ɛrekasa fi ogyaframa no mu na watena ase ana? \v 27 Kɔ na kotie nea \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn no, ka no. Na afei, bra na bɛka biribiara a ɔka kyerɛɛ wo no kyerɛ yɛn, na yebetie na yɛadi so.” \p \v 28 \nd Awurade\nd* tee mo nne bere a mokasa kyerɛɛ me no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Mate nsɛm a saa nnipa yi ka kyerɛɛ wo no. Nsɛm a wɔkaa no nyinaa ye. \v 29 Ao, sɛ daa wobenya koma sɛnea ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛde nyinaa so a, anka ebeye ama wɔn ne wɔn asefo nyinaa afebɔɔ. \p \v 30 “Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn se, wɔnsan mmra wɔn ntamadan mu. \v 31 Nanso wo de, wo ne me ntena ha sɛnea ɛbɛyɛ a metumi de mʼahyɛde ne me mmara ama wo. Wobɛkyerɛkyerɛ nnipa no sɛnea wobetie wɔ asase a mede rema wɔn no so sɛ wɔn agyapade no.” \p \v 32 Enti mohwɛ yiye na n monyɛ nea \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; momman mfa nifa anaa benkum. \v 33 Munni nea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ahyɛ mo no nyinaa so na ama moanya nkwa, na asi mo yiye, na no nna aware wɔ asase a morekɔfa no so. \c 6 \s1 Dɔ \nd Awurade\nd*, Wo Nyankopɔn No \p \v 1 Eyinom ne ahyɛde, mmara ne nhyehyɛe a \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ me se menkyerɛkyerɛ mo na munni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔfa no so, \v 2 sɛnea ɛbɛyɛ a mo mma ne wɔn mma besuro \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, mmere dodow a mote ase no, na moadi ne mmara ne nʼahyɛde a mede ma mo no nyinaa so nyinaa so a mo nkwanna aware. \v 3 Muntie, Ao Israel, na monhwɛ yiye nni so sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi mo yiye na mo ase atrɛw yiye wɔ asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so no so sɛnea \nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no. \p \v 4 Tie, Ao Israel, \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro. \v 5 Dɔ \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. \v 6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. \v 7 Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm. \v 8 Monkyekye no sɛ agyiraehyɛde mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotiri. \v 9 Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so. \p \v 10 \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn de mo ba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no, asase a nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyeree ahyɛ so ma no so, \v 11 afi a nneɛma pa ahorow a ɛnyɛ mo na moyɛe ahyɛ no ma, mmura a ɛnyɛ mo na mututui, bobeturo a ɛnyɛ mo na moyɛe ne ngonnua a ɛnyɛ mo na muduae no so. Sɛ mudidi mee wɔ saa asase yi so a, \v 12 monhwɛ yiye na mo werɛ amfi \nd Awurade\nd* a ogyee mo fii nkoasom mu wɔ Misraim asase so no. \p \v 13 Ɛsɛ sɛ musuro \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam. \v 14 Munnni anyame foforo akyi; anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no anyame no; \v 15 na \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkufo a nʼabufuw no bɛhyew mo, na ɔbɛsɛe mo afi asase no so. \v 16 Monnsɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, nhwɛ sɛnea moyɛe bere a na mowɔ Masa no. \v 17 Ɛsɛ sɛ mudi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ahyɛde ne nea ɛwɔ mmara a ɔde ama mo no mu no so pɛpɛɛpɛ. \v 18 Monyɛ de ɛteɛ na eye wɔ \nd Awurade\nd* ani so na biribiara awie mo yiye. Na moakɔ akɔfa asase pa a \nd Awurade\nd* hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no, \v 19 na moapam atamfo a wɔwɔ mo anim no nyinaa sɛnea \nd Awurade\nd* kae no. \p \v 20 Daakye bi, sɛ mo mma bisa mo se, “Saa mmara ne nʼahyɛde a \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, de ama mo yi ase ne dɛn?” \v 21 a monka nkyerɛ wɔn se, “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim nanso \nd Awurade\nd* nam anwonwatumi so yii yɛn fii Misraim. \v 22 Yɛn ani tua \nd Awurade\nd* nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse na ɛyɛ hu a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfo nyinaa. \v 23 Oyii yɛn fii Misraim sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn. \v 24 Na \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yenni mmara no nyinaa so na yɛmfa obu ne nidi mma no sɛnea ɛbɛma asi yɛn yiye daakye sɛnea ɛte nnɛ yi. \v 25 Efisɛ sɛ yedi mmara no nyinaa a \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛyɛ yɛn trenee.” \c 7 \s1 Wɔpam Amanaman No \p \v 1 Sɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so, na ɔpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim, a wɔyɛ Hetifo, Girgasifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo, aman ason a wɔwɔ so na wɔyɛ den sen mo, \v 2 na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de saa aman yi hyɛ mo nsa na mudi wɔn so a, monsɛe wɔn pasapasa. Mo ne wɔn nhyehyɛ apam biara na munnhu wɔn mmɔbɔ. \v 3 Mo ne wɔn nni aware na mommma mo mmabea ne mo mmabarima nware wɔn mmabarima ne wɔn mmabea. \v 4 Efisɛ wɔbɛma mo mma asan afi mʼakyi akɔsom wɔn anyame foforo. Na \nd Awurade\nd* abufuw bɛdɛw atia mo na wasɛe mo ntɛm. \v 5 Nea ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mummubu wɔn afɔremuka na munnwiriw wɔn abosom adum no ngu. Muntwitwa wɔn abosompɔw ngu na monhyew wɔn ahoni. \v 6 Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa mu no, mo na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ayi mo sɛ nʼagyapade a ɛsom no bo. \p \v 7 Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sen nnipa a aka no nti na \nd Awurade\nd* anya mo ho dɔ no, mo na na musua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu. \v 8 Na mmom, \nd Awurade\nd* dɔɔ mo na odii ne ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no beyi wɔn afi nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no. \v 9 Enti munhu sɛ, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokware Nyankopɔn a odi wɔn a wɔdɔ no na wodi nʼahyɛde so no dɔ apam so kosi awo ntoatoaso apem so. \v 10 Nanso, ɔntwentwɛn na ɔtwe wɔn a wokyi no no aso, sɛe wɔn. \v 11 Ɛno nti, monhwɛ yiye na munni ahyɛde ne mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so. \p \v 12 Sɛ mutie mmara yi na mudi ne nyinaa so nokware mu a, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, nso bedi nʼapam a ofi ne nokware dɔ mu ne mo agyanom pamee no so. \v 13 Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo na wama mo ase afɛe. Obehyira mo yafunu mu ade; mo asase so nnɔbae, mo atoko, nsa foforo ne ngodua, mo nantwimma ne nguamma wɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom se ɔde bɛma mo no so. \v 14 Wobehyira mo akyɛn aman a wɔwɔ asase so no nyinaa. Mo mmarima renyɛ asaadwe na mo mmea nso renyɛ abonin na mo nyɛmmoa nso bɛwowo. \v 15 Na \nd Awurade\nd* bɛbɔ mo ho ban afi ɔyare nyinaa ho. Ɔremma owuyare a bi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo na ɔde saa ɔyare no nyinaa begu mo atamfo so. \v 16 Monsɛe aman a \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa no nyinaa. Munhu wɔn mmɔbɔ na monnsom wɔn anyame. Sɛ moyɛ saa a, ebesum mo afiri. \p \v 17 Mubebisa mo ho se, “Na sɛ saa aman yi yɛ den kyɛn yɛn. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apam wɔn?” \v 18 Nanso munnsuro wɔn. Monkae ade a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de yɛɛ Farao ne ne manfo nyinaa wɔ Misraim no. \v 19 Mode mo ankasa mo ani huu amanehunu, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm a ɛbaa wɔn so, tumi nsa ne abasa a wɔatrɛw mu a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, nam so yii mo fii hɔ no. Nnipa a musuro wɔn mprempren no, \nd Awurade\nd* Nyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɔkwan koro no ara so. \v 20 Ɛno akyi no, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, bɛma mpenaa abɛpam kakra a wɔaka no afi wɔn ahintawee mu kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre. \v 21 Munnsuro saa aman no, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwonwa no wɔ mo afa. \v 22 Nkakrankakra, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, bedi mo anim kan apam saa aman no. Ɔrenyi wɔn nyinaa mfi hɔ prɛko pɛ; anyɛ saa a, nkekaboa no ase bɛdɔ ntɛm na wɔaba mo so. \v 23 Nanso \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɔbɛma wɔn adwene ayɛ basabasa akosi sɛ ɔbɛsɛe wɔn. \v 24 Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ mo nsa na mobɛpepa wɔn din afi ɔsoro ase. Obiara rentumi nsɔre ntia mo; mobɛsɛe wɔn. \v 25 Momfa ogya nhyew wɔn anyame ahoni no. Mommma mo ani mmere dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ a egugu so no na mommfa; anyɛ saa a ɛbɛyɛ mfiri ayi mo, efisɛ ɛyɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, akyiwade. \v 26 Mommfa akyiwade biara mma mo fi na wɔanyi mo angu nkyɛn amma ɔsɛe sɛ ɛno ara pɛ. Munhu no sɛ enye a wokyi korakora; efisɛ wɔayi ato hɔ ama ɔsɛe. \c 8 \s1 Mommma Mo Werɛ Mfi \nd Awurade\nd* \p \v 1 Monhwɛ yiye na munni ahyɛde a merema mo nnɛ yi biara so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya nkwa na mo ase adɔ dɔɔso na moakɔfa asase a \nd Awurade\nd* kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no atena so. \v 2 Monkae sɛnea \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn dii mo anim faa sare so mfe aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛe sɛ mubedi ne mmara so anaasɛ morenni so no. \v 3 Nokware, ɔmaa ɔkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase na ɔmaa mo mana, aduan a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da, dii. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, asɛm biara a efi \nd Awurade\nd* anom. \v 4 Mfe aduanan yi nyinaa mu, mo ntade antetew na mo anan ammɔ mpumpunnya na anhonhon nso. \v 5 Munhu wɔ mo koma mu sɛ, sɛnea ɔbeatan teɛ ne ba no, saa ara nso na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, teɛ mo de siesie mo no. \p \v 6 Munni \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ahyɛde so na monnantew nʼakwan so na momfa nidi mma no. \v 7 Efisɛ mo \nd Awurade\nd* de mo rekɔ asase pa so; asase a nsuten, mmura ne nsuti sen wɔ abon ne mmepɔw mu; \v 8 asase a atoko, awi, bobe, borɔdɔma, atoaa, ngodua ne ɛwo wɔ so. \v 9 Ɛyɛ asase a aduan abu wɔ so a wonni biribiara ho hia wɔ so; asase a ɛso abo yɛ adaban na wobetumi atu kɔbere wɔ ne mmepɔw mu. \p \v 10 Sɛ mudidi mee a, munhyira \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, wɔ asase pa a ɔde ama mo no nti. \v 11 Na monhwɛ yiye na mo werɛ amfi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, sɛ morenni ne mmara ne nʼahyɛde a merehyɛ mo nnɛ yi so. \v 12 Anyɛ saa na sɛ mudidi na momee na musisi mo afi afɛfɛ, na mokɔtenatena mu \v 13 na mo anantwi ne nguan ase dɔ, na munya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapade nyinaa dɔɔso \v 14 a, saa bere no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yiye. Monnyɛ ahomaso na mommma mo werɛ mmfi \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no. \v 15 Ɔno na odii mo anim yii mo fii sare a na ɛso yɛ hu, asase sakoo a osukɔm wɔ so, na awɔ ne nkekantwɛre a wɔn ano wɔ bɔre wɔ so no so. Ɔmaa mo nsu fi ɔbotan mu. \v 16 Ɔmaa mo mana aduan a mo agyanom nnim dii wɔ sare so. Ɔyɛɛ eyi de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛe na wama awiei no asi mo yiye. \v 17 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no fi mo ankasa mo ahoɔden mu. \v 18 Daa monkae sɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, a ɔma mo tumi ma moyɛ adefo no, ɔyɛ saa de di apam a ɔne mo agyanom hyɛe no so. \p \v 19 Sɛ mo werɛ fi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, na mokodi anyame afoforo akyi, som wɔn, kotow wɔn a, sɛe na wɔbɛsɛe mo. \v 20 Sɛnea \nd Awurade\nd* asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso sɛ moantie \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no a, saa ara na wɔbɛsɛe mo. \c 9 \s1 Israel Nkonimdi Fi Onyankopɔn Adom \p \v 1 Israel, muntie: Morekotwa Yordan na moawura mu akogye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛse wɔ mu na wɔn afasu kɔka sorosoro no, agyapade. \v 2 Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware; Anakfo! Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka se, “Hena na obetumi ne Anakfo agyina?” \v 3 Nanso merehyɛ mo ase nnɛ sɛ, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, na ɔredi mo anim te sɛ ogyaframa a ɛresɛe ade. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ mo bɔ no. \p \v 4 Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka wɔ mo koma mu se, “Esiane yɛn trenee nti na \nd Awurade\nd* de saa asase yi ama yɛn.” Dabi, ɛyɛ aman no amumɔyɛsɛm nti na \nd Awurade\nd* redi mo anim apam wɔn. \v 5 Ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo ne nokwafo nti na morekɔfa wɔn asase no; mmom, efi wɔn amumɔyɛ nti, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, bɛpam saa aman yi adi mo anim de ahyɛ ntam a wadi kan aka akyerɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no ma. \v 6 Monte ase sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ atreneefo nti na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma. \s1 Sikakɔkɔɔ Nantwi Ba No \p \v 7 Monkae eyi na mommma mo werɛ mmfi sɛnea mohyɛɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn abufuw wɔ sare so hɔ no. Efi bere a mutu fii Misraim besi sɛ muduu ha yi, moakɔ so atew \nd Awurade\nd* anim atua. \v 8 Mohyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuw wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo. \v 9 Mekɔɔ bepɔw no so sɛ merekogye abo kyerɛwpon a na wɔakyerɛw apam a na \nd Awurade\nd* ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan, mannidi na mannom. \v 10 \nd Awurade\nd* de apam a ɛwɔ abo kyerɛwpon a Onyankopɔn ankasa akyerɛw nsɛm a ofi ogya a ɛwɔ bepɔw no so no mu ka kyerɛɛ mo no nyinaa maa me. \p \v 11 Na awia ne anadwo adaduanan no baa awiei no, \nd Awurade\nd* de abo pon abien a wɔakyerɛw apam no wɔ so no maa me. \v 12 Afei, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Sian fi ha ntɛm kɔ, efisɛ nnipa a wudii wɔn anim fi Misraim no adan abɔnefo. Wɔaman afi ahyɛde a memaa wɔn no ho na wɔayɛ ohoni afa.” \p \v 13 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara. \v 14 Ma me kwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfi ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefo ɔman kɛse; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sen sɛnea ɛte nnɛ yi.” \p \v 15 Enti misian fii ogya bepɔw no so a na mikura abo apon abien a apam no wɔ so no. \v 16 Mehwɛe no, mihuu sɛ moayɛ bɔne atia \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn; Moagu nantwi ba sɛso honi ama mo ho. Moaman afi \nd Awurade\nd* kwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so ntɛm. \v 17 Enti memaa ɔbo apon no so kɔɔ soro na metow hwee fam. Mibubuu no wɔ mo anim. \p \v 18 Afei, medaa \nd Awurade\nd* anim awia ne anadwo adaduanan a manni brodo, annom nsu. Meyɛɛ eyi, efisɛ sɛ moayɛ ade a \nd Awurade\nd* kyi nti, moayɛ bɔne na ɛnam so ama ne bo afuw yiye. \v 19 Misuroo \nd Awurade\nd* abufuw ne so asotwe, efisɛ na ne bo afuw yiye a obetumi asɛe mo. Nanso, otiee me bio. \v 20 Na \nd Awurade\nd* bo fuw Aaron a na anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso mebɔɔ mpae maa Aaron nso. \v 21 Mefaa mo bɔne, nantwi ba a moayɛ no, na menan no wɔ gya mu yam no muhumuhu. Metow ne mfutuma no guu asuwa bi a ɛsen fi bepɔw no mu no mu. \p \v 22 Mohyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuw wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso. \p \v 23 Kades-Barnea nso, \nd Awurade\nd* somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so se, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no.” Nanso mubuu \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm. \v 24 Efi bere a mihuu mo no, daa mosɔre tia \nd Awurade\nd*. \p \v 25 Ɛno nti na bere a \nd Awurade\nd* sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no. \v 26 Mebɔɔ mpae srɛɛ \nd Awurade\nd* se, “Otumfo \nd Awurade\nd*, nsɛe wo man ne wʼagyapade a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afi Misraim no. \v 27 Yi wʼani fi saa nnipa yi komapirim ne asoɔden ne wɔn bɔne so na kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob. \v 28 Anyɛ saa a, Misraimfo no bɛka se, ‘\nd Awurade\nd* sɛee wɔn, efisɛ wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka se, ɔsɛee wɔn, efisɛ ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa sare so sɛ ɔrekokunkum wɔn.’ \v 29 Nanso wɔyɛ wo nkurɔfo ne wʼagyapade a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a woatrɛw mu so yii wɔn.” \c 10 \s1 Abo Pon Foforo \p \v 1 Saa bere no, \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Twa abo apon no abien te sɛ kan de no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu. \v 2 Mɛkyerɛw nsɛm a mekyerɛw guu abo apon abien a edi kan a wububuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na fa hyɛ adaka no mu.” \p \v 3 Na mede dua ɔkanto yɛɛ adaka, sen abo apon abien sɛ kan de no, na meforoo bepɔw no a na mikura apon abien no. \v 4 \nd Awurade\nd* kyerɛw nsɛm a wakyerɛw bi dedaw, Mmaransɛm Du, a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ mo fi ogya mu wɔ bepɔw no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apon no so. Na \nd Awurade\nd* de maa me. \v 5 Na misan fii bepɔw no so na mede abo apon no bɛhyɛɛ adaka a mayɛ no mu sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ besi nnɛ. \p \v 6 Na Israelfo tu fii Beerot-Bene-Yaakan mmura ho kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wu ma wosiee no. Aaron babarima Eleasar sii nʼanan mu dii sɔfo. \v 7 Wofi hɔ tu kɔɔ Gudgod. Wofi Gudgod no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuten pii wɔ so. \v 8 Ɛhɔ na \nd Awurade\nd* yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa \nd Awurade\nd* apam adaka no na wonnyina \nd Awurade\nd* anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira, sɛnea wɔyɛ no nnɛ yi. \v 9 Ɛno nti na Lewifo no nni agyapade wɔ wɔn mfɛfo Israelfo no mu no. \nd Awurade\nd* no ankasa ne wɔn agyapade sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ka kyerɛɛ wɔn no. \p \v 10 Na metenaa bepɔw no so wɔ \nd Awurade\nd* anim adaduanan, awia ne anadwo sɛnea meyɛɛ kan no. Na \nd Awurade\nd* tiee me bio. Na ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛsɛe mo. \v 11 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Sɔre na di nnipa no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapade.” \s1 Munsuro \nd Awurade\nd* \p \v 12 Na afei, Israel, dɛn na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, hwehwɛ afi mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ musuro no na moyɛ nʼapɛde, na mode mo koma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no, \v 13 na mudi \nd Awurade\nd* ahyɛde ne ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so, na asi mo yiye. \p \v 14 Ɔsorosoro mu soro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de. \v 15 Nanso \nd Awurade\nd* nyaa abadae maa mo agyanom na ɔdɔ wɔn, na ɔpaw mo a moyɛ wɔn asefo gyaa aman nyinaa sɛnea ɛte nnɛ yi. \v 16 Ɛno nti, monhohoro mo koma mu bɔne na munnyae asoɔden no. \v 17 Na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kɛse, otumfo ne ɔnwonwani a ɔnkyea nʼaso na onnye adanmude nso. \v 18 Ɔko ma nyisaa ne akunafo, na ɔdɔ ahɔho a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduan ne ntama. \v 19 Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔho, efisɛ bere bi na mo ankasa nso yɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. \v 20 Munsuro \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, na mosom no. Moka mo ho mmata ne ho, na mo ntam a moka nyɛ ne din nko ara. \v 21 Ɔyɛ mo Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwonwade akɛse a mo nyinaa ahu bi. \v 22 Na mo agyanom a wɔkɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ aduɔson. Nanso afei, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no ama mo ase adɔ te sɛ soro nsoromma. \c 11 \s1 Monnɔ \nd Awurade\nd* Na Muntie No \p \v 1 Monnɔ \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn na munni nʼapɛde, ne mmara ne nʼahyɛde so bere nyinaa. \v 2 Nnɛ, muntie, sɛ ɛnyɛ mo mma na wonyaa osuahu, huu \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no nteɛso, ne tumi, ne basa kɛse, ne nsa a wateɛ mu; \v 3 nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe ne nneɛma a ɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa bi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa no; \v 4 dwuma a odii Misraim asraafo, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam no; sɛnea ɔmaa Po Kɔkɔɔ yiri faa wɔn bere a wɔtaa mo no ne sɛnea \nd Awurade\nd* sɛee wɔn bere a wɔtaa mo no; ne sɛnea \nd Awurade\nd* de ɔsɛe a to ntwa baa wɔn so no. \v 5 Ɛnyɛ mo mma na wohuu nea ɔyɛ maa mo wɔ sare so hɔ de kosii sɛ mubeduu ha yi; \v 6 ne nea ɔde yɛɛ Eliab a na ɔyɛ Rubenni no mma Datan ne Abiram bere a ɔmma asase buee nʼanom wɔ mo Israelfo no anim menee wɔn ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne biribiara a na ɛyɛ wɔn agyapade a nkwa wɔ mu no. \v 7 Mmom, ɛyɛ mo ankasa mo ani na mode ahu saa nneɛma akɛse a \nd Awurade\nd* ayɛ yi nyinaa. \p \v 8 Enti munni mmara a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya ahoɔden akɔfa asase a morebetwa Yordan akɔ so akɔfa yi, \v 9 na mo nna aware asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so a \nd Awurade\nd* kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so. \v 10 Asase a morekɔ so akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mufi so bae no a na mudua nnɔbae a mode mo nan twa suka te sɛnea moyɛ atomude turo no. \v 11 Na asase a moretwa Yordan akɔfa no yɛ mmepɔw ne abon a enya osu a efi ɔsoro. \v 12 Ɛyɛ asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ani wɔ ho. Daa \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ani wɔ so fi afe no mfiase de kosi nʼawie. \p \v 13 Sɛ mufi nokwaredi mu di mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi so sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa bɛdɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na moasom no a, \v 14 ɛno de, ɔbɛtɔ osu agu no asase so ne bere mu ama mo, na moatumi atwa mo awi, nsa foforo ne ngo. \v 15 Ɔbɛma mo sare pii na mo anantwi awe na mo nso mubedidi amee. \p \v 16 Monhwɛ yiye, anyɛ saa a wɔbɛtwetwe mo ama moakɔsom anyame afoforo na moakotow wɔn. \v 17 Ɛno na ɛbɛma \nd Awurade\nd* abufuw ahuru atia mo; na ɔbɛto ɔsoro mu, na osu rentɔ, na asase remmɔ aduan biara, na ɛrenkyɛ na moawuwu afi asase a \nd Awurade\nd* de rema mo no so. \v 18 Enti momma me nsɛm yi ntim wɔ mo koma ne mo adwene mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkae ade na momfa mmɔ abotiri. \v 19 Monkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm nkyerɛ wɔn bere a mote fie ne bere a monam akwan so; bere a modeda hɔ ne bere a mosɔre. \v 20 Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so, \v 21 sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma nkwa bɛware wɔ asase a \nd Awurade\nd* kaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so. \p \v 22 Sɛ mudi ahyɛde ahorow a mede rema mo sɛ munni so; sɛ monnɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, nyɛ osetie mma no na munni no ni, yi so pɛpɛɛpɛ a, \v 23 ɛno de, \nd Awurade\nd* bɛpam saa aman yi nyinaa wɔ mo anim, na mubetu aman a ɛsoso na wɔyɛ den sen mo no agu. \v 24 Baabiara a mode mo anan betia no bɛyɛ mo de. Mo ahye bɛtrɛw afi sare so akosi Lebanon, na afi Asubɔnten Eufrate akosi Ntam Po no. \v 25 Obiara rentumi nsɔre ntia mo, efisɛ sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ahyɛ bɔ no, ɔde mo ho huboa ne osuro bɛto asase no nyinaa so wɔ baabiara a mobɛkɔ. \p \v 26 Hwɛ, nnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim; \v 27 sɛ mudi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira. \v 28 Na sɛ mopo \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn mmara dan fi nʼakwan a merehyɛ mo nnɛ yi so, kɔsom anyame afoforo a, ɛbɛyɛ nnome. \v 29 Na sɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de mo du asase a morekɔ so akɔfa no a, monka nhyira nsɛm mfi Gerisim Bepɔw no so na monka nnome nsɛm nso mfi Ebal Bepɔw so. \v 30 Sɛnea munim no, mmepɔw abien yi wɔ Asubɔnten Yordan agya wɔ atɔe fam, a ɛkyerɛ owitɔe na ɛbɛn More kwae wɔ Kanaanfo a wɔte Araba no asase so; faako a wɔn ani tua Gilgal no. \v 31 Moreyɛ atwa Yordan akɔfa asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de rema mo no. Sɛ mokɔfa saa asase no kɔtena so a, \v 32 monhwɛ yiye na munni mmara ne ahyɛde ahorow a mede rema mo nnɛ yi no nyinaa so. \c 12 \s1 Baabi A \nd Awurade\nd* Ayi Ama Ɔsom \p \v 1 Eyinom ne mmara ne ahyɛde a ɛsɛ sɛ mohwɛ na mudi so, mmere dodow a mote asase a \nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn, de ama mo no so. \v 2 Sɛ mutu aman a wɔtete hɔ no fi hɔ a, mosɛe mmeae ahorow bi sɛ mmepɔw atifi, nkoko so, ne nnua a atrɛtrɛw no ase a wɔsom wɔn anyame no nyinaa. \v 3 Mummubu wɔn afɔremuka nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhyew wɔn abosompɔw na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfi mmeae ahorow a ɛwɔ no. \p \v 4 Mommfa wɔn akwan no so nsom \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn. \v 5 Na mmom, monhwehwɛ faako a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, beyi afi mo mmusuakuw mu ama mo no na munnyina ne din wɔ hɔ sɛ nʼatenae. Beae hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ. \v 6 Ɛhɔ na momfa mo hyew afɔrebɔde mmra mmɛbɔ a mo ntotoso du du, akyɛde sononko, ade a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔde a efi mo pɛ mu, mo anantwi ne mo nguan mu mmakan nso nka ho. \v 7 Ɛhɔ, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no anim hɔ no, na mo ne mo abusuafo bedidi na mo ani agye wɔ biribiara a mode mo nsa aka ho, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, ahyira mo. \p \v 8 Nnɛ yi, nea mopɛ biara na moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa, \v 9 efisɛ munnuu ahomegyebea ne agyapade a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de rebɛma mo no hɔ ɛ. \v 10 Nanso mubetwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no so. Na ɔbɛma mo ahomegye ne bammɔ afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nsam na moatena ase dwoodwoo. \v 11 Momfa biribiara a mehyɛ mo sɛ momfa mmra sɛ ɛyɛ mo ɔhyew afɔrebɔde, ntotoso du du, akyɛde sononko ne mo ɔma ahorow no mfa nhyɛ mo ntanka no mu kena wɔ beae a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, beyi ama mo a sɛ monsɔre ne din wɔ hɔ no. \v 12 Mo ne mo mmabarima, mo mmabea ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim. Na monkae Lewifo a wɔtete mo nkurow so no a wonni wɔn ankasa agyapade no. \v 13 Monhwɛ yiye na moammɔ mo hyew afɔre wɔ baabiara a mopɛ. \v 14 Mommɔ wɔ baabi pɔtee a \nd Awurade\nd* ayi afi mo mmusua asase bi mu ama mo no nkutoo. Ɛhɔ na monyɛ biribiara a mehyɛ mo sɛ monyɛ no. \p \v 15 Nanso kurow biara a mopɛ so no, mutumi kum mmoa we sɛnea mukum atwe ne adabɔ no. Mutumi we nam dodow biara a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de behyira mo no. Wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa tumi we bi. \v 16 Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Muntwa ngu fam te sɛ nsu. \v 17 Ɛnsɛ sɛ mudi mo afɔre, ntotoso du du a efi mo atoko mu, mo nsa foforo ne ngo anaa mo anantwi ne mo nguan abakan wɔ mo kurow mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma \nd Awurade\nd* anaa nea mufi mo koma mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛde sononko biara no, ɛnsɛ sɛ mudi. \v 18 Mmom, ɛsɛ sɛ mudi wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, anim wɔ faako a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo a mo, mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifo a wofi mo nkurow mu ka ho no, munnye mo ani wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho. \v 19 Monhwɛ yiye na moanyi Lewifo no mu wɔ mmere dodow a mote mo asase so no. \p \v 20 Sɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, trɛw mo hye mu sɛnea wahyɛ mo ho bɔ no, na sɛ mo kɔn dɔ nam ka se, “Yenya nam bi a anka yɛbɛwe” a, ɛno de, mubetumi awe nam dodow biara a mopɛ. \v 21 Sɛ faako a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mmeae a mowɔ no ntam ware a, mutumi kum mo anantwi anaa nguan a \nd Awurade\nd* de ama mo no dodow biara a mopɛ no wɔ mo afi mu sɛnea mahyɛ mo no. \v 22 Monwe sɛnea mowe atwe anaa adabɔ. Wɔn a wɔn ho ntew ne wɔn a wɔn ho tew no nyinaa tumi we bi. \v 23 Monhwɛ sɛ morenni mogya no, efisɛ mogya no ne nkwa no, na ɛnsɛ sɛ mudi nkwa no ne nam no. \v 24 Munni mogya no; mmom, munhwie ngu fam sɛ nsu. \v 25 Munnni mogya no na asi mo ne mo mma yiye, efisɛ moyɛ saa a na moayɛ nea ɛteɛ wɔ \nd Awurade\nd* ani so. \p \v 26 Momfa mo nneɛma a moatew ho ne nea moaka ho ntam sɛ mobɛma biara no, na monkɔ beae a \nd Awurade\nd* bɛpaw no. \v 27 Momfa mo ɔhyew afɔre, nam ne mogya no nyinaa, ngu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka so. Ɛsɛ sɛ muhwie mo afɔrebɔde no mogya no gu \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no nkyɛn. Mmom, mubetumi awe nam no. \v 28 Monhwɛ sɛ mubedi mmara ahorow a mede rema mo yi nyinaa so, na asi mo ne mo mma a wɔbɛba wɔ mo akyi no yiye, efisɛ ɛno na ɛbɛyɛ nea eye ne nea ɛteɛ wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no ani so. \p \v 29 Na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim kan akɔsɛe aman a morekɔtoa wɔn no na mopam wɔn. Na sɛ mopam wɔn kɔtena wɔn nsase no so, \v 30 na sɛ wonya di mo anim sɛe wɔn a, monhwɛ yiye na moammisa wɔn anyame no ase anka se, “Ɔkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa bi,” amfa so ankɔtɔ afiri mu. \v 31 Mommfa wɔn kwan so nsom \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, efisɛ wɔn anyame no som mu no, wɔyɛ akyiwade ahorow a \nd Awurade\nd* kyi no nyinaa mpɛ. Mpo, wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea wɔ ogya sɛ wɔde rebɔ afɔre ama wɔn anyame no. \p \v 32 Monhwɛ sɛ mubedi nea mahyɛ mo no nyinaa so; mommfa bi nka ho na munnyi bi nso mfi mu. \c 13 \s1 Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ \p \v 1 Sɛ odiyifo anaa obi a ɔnam adaeso so ka ahintasɛm sɔre wɔ mo mu na ɔka nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwasɛm kyerɛ mo, \v 2 na sɛ nsɛnkyerɛnne anaa anwonwasɛm no ba mu na ɔka se, “Momma yenni anyame afoforo akyi (anyame a munnim wɔn) na yɛnsom wɔn” a, \v 3 ɛnsɛ sɛ mutie saa odiyifo anaa ɔdaesofo no nsɛm. \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, resɔ mo ahwɛ sɛ mufi mo koma ne mo kra mu nyinaa dɔ no ana. \v 4 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na ɛsɛ sɛ mudi nʼakyi na ɔno na ɛsɛ sɛ mode obu ne nidi ma no. Munni ne mmara so na monyɛ osetie mma no; monsom no na mommata ne ho den. \v 5 Ɛsɛ sɛ wokum saa odiyifo anaa ɔdaesofo no, efisɛ ɔkasa tia \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim nkoasom asase no so no; wayere ne ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe mo fi ɔkwan a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ahyɛ sɛ momfa so no so. Ɛsɛ sɛ mututu abɔnefo nyinaa fi mo mu. \p \v 6 Sɛ wo nuabarima, wo babarima, wo babea, wo yere a wodɔ no anaa wʼadamfo pa bi fa sum ase twetwe wo, ka kyerɛ wo se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo, anyame a wo anaa wʼagyanom nhuu bi da,” \v 7 anyame a ɛyɛ nnipa a atwa wo ho ahyia no de, sɛ wɔbɛn anaa wɔwɔ akyiri, fi asase ano kosi ano no a, \v 8 mommfa wo ho mma no anaasɛ ntie no. Nhu no mmɔbɔ. Mfa ne ho nkyɛ no na mmɔ ne ho ban nso. \v 9 Kum na ɛsɛ sɛ mukum no. Mo nsa na momma enni kan wɔ ne kum no mu ansa na nnipa nyinaa de wɔn nsa abɛka ho. \v 10 Munsiw no abo nkum no, efisɛ ɔpɛɛ sɛ ɔtwe mo fi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no ho. \v 11 Afei, Israel nyinaa bɛte na wɔasuro na obiara nni hɔ a obefi mo mu a, ɔbɛyɛ saa ade no bio. \p \v 12 Sɛ ɛba sɛ mote wɔ nkurow a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de rema mo no baako so sɛ \v 13 nnipa bɔnefo bi asɔre wɔ wɔn mu adi nnipa a wɔwɔ kurow no mu anim de wɔn akosi bɔne mu aka se, “Momma yɛnkɔsom anyame afoforo,” anyame a munhuu bi da a, \v 14 ɛsɛ sɛ mubisa mu, hwehwɛ mu yiye. Na sɛ ɛyɛ nokware na sɛ nhwehwɛmu ada no adi sɛ nneyɛe bɔne bi akɔ so wɔ mo mu a, \v 15 ɛsɛ sɛ wɔde afoa kunkum wɔn a wɔwɔ kurow no mu nyinaa. Monsɛe kurow no pasapasa, emu nnipa ne nyɛmmoa. \v 16 Afei, mommoaboa asade no nyinaa ano wɔ kurow no aguabɔbea na monhyew no. Monhyew kurow mu no ne emu nneɛma nyinaa mma ɛnyɛ sɛ ɔhyew afɔre mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. Saa kurow no nyɛ amamfo daa; ɛnsɛ sɛ wɔsan kyekyere bio. \v 17 Asade a wɔde agu nkyɛn sɛ wɔbɛsɛe no no, mommfa bi. Saayɛ na ɛbɛma \nd Awurade\nd* adan afi nʼabufuwhyew no ho na wahu mo mmɔbɔ. Ne yam bɛhyehye no ama mo na wama mo adɔ sɛnea ɔkaa ntam hyɛɛ mo agyanom bɔ no, \v 18 efisɛ moyɛ osetie ma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na mudi ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so na moyɛ nea ɛsɔ nʼani. \c 14 \s1 Nnuan A Ɛho Tew Ne Nea Ɛho Ntew \p \v 1 Moyɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, mma. Ɛno nti monnsesa mo ho anaa monntworɔtworɔw mo moma so mma awufo, \v 2 efisɛ, moyɛ nnipa kronkron ma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na \nd Awurade\nd* ayi mo sɛ nʼagyapade a ɛsom bo. \p \v 3 Munnni akyiwade biara. \v 4 Eyinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwi, oguan, abirekyi \v 5 ɔforote, adowa, ɔwansan, ewi, ɔtwe, ne ɛko. \v 6 Na munni tɔteboa biara a ne tɔte mu apae abien na opuw wosaw. \v 7 Nanso ntɔteboa a wopuw wosaw anaa wɔn tɔte mu apae abien no mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, efisɛ, wopuw wosaw de, nanso wɔn tɔte mu mpae; wɔn ho ntew mma mo. \v 8 Prako nso ho ntew. Ɛwɔ mu sɛ ne tɔte mu apae de, nanso ompuw nwosaw. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa so ne funu mu koraa. \p \v 9 Nsumnam a wɔwɔ ntɛtɛ ne abon nyinaa mutumi we. \v 10 Nanso nsumnam a wonni ntɛtɛ ne abon de, monnwe. Wɔn ho ntew mma mo. \p \v 11 Anomaa biara a ne ho tew no, monwe. \v 12 Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe ni: ɔkɔre, opete, asu so kɔre, \v 13 ɔkompete, nkorɔma ahorow nyinaa \v 14 kwaakwaadabi ahorow nyinaa, \v 15 sohori, anadwo akoroma, ɛpo so asomfena ne akoroma ahorow nyinaa, \v 16 patu, ɔpatukɛse, bakanoma \v 17 nantwinoma, opete ne ɛpo so kwaakwaadabi, \v 18 ne asukɔnkɔn ahorow nyinaa, asuɔkwaa ne ampan. \p \v 19 Ntummoa a wɔwea nyinaa ho ntew mma mo; monnwe. \v 20 Nanso aboa a ɔwɔ ntaban a ne ho tew biara no motumi we. \p \v 21 Monnwe aboa biara a mubehu sɛ wawu. Momfa mma ɔhɔho a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa de, monnwe, efisɛ wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. \p Monnnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu. \s1 Ntotoso Du Du Ho Mmara \p \v 22 Afe biara monhwɛ na munyi mo mfuw mu nnɔbae nkyɛmu du mu baako. \v 23 Munni mo atoko, nsa, ne ngo, ne mo anantwi ne nguan abakan wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ ɛyɛ atenae wɔ ne din mu na ama moasua sɛnea wosi di \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no ni daa. \v 24 Sɛ beae a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo sɛ monkamfo ne din no ne nea mote no ntam kwan ware a, \v 25 ɛno de, momfa mo ntotoso du du no nsesa dwetɛ na momfa dwetɛ no nkɔ beae a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no. \v 26 Sɛ mudu hɔ a, momfa sika no ntɔ biribiara a mo kɔn dɔ, sɛ ebia, nantwi, oguan, bobesa, anaa nsa biara a ɛyɛ den ne ade biara a mo kra pɛ na mo ne mo fifo nni wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim na mo ani nnye. \v 27 Na mummu mo ani ngu Lewifo a wɔfra mo mu no so, efisɛ wonni wɔn ankasa wɔn agyapade biara. \p \v 28 Mfe abiɛsa biara awiei no, momfa mo nnɔbae so ntotoso du du no mmra mmɛkora wɔ mo nkurow mu, \v 29 sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo a wonni agyapade mu kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafo a wɔwɔ mo nkurow so ne nyisaa ne akunafo a wɔwɔ mo nkurow so no betumi adidi amee; na ama \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so. \c 15 \s1 Aka Mu Twa \p \v 1 Muntwa mo aka mu mfe ason awiei biara. \v 2 Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so ni: Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, de kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko no anaa ne busuani ka, efisɛ wɔapae mu aka \nd Awurade\nd* bere a wɔde ka kyɛ no. \v 3 Saa ka a wotwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfo no nko ara. Ahɔho a wɔte mo mu no de, sɛ mopɛ a mobɛma wɔn atua. \v 4 Mmom, ɛnsɛ sɛ ahiafo ba mo mu efisɛ, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapade no so, \v 5 sɛ motɔ mo bo ase di \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so a. \v 6 Efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, behyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea, nanso moremmɔ obiara hɔ bosea da. Mubedi aman bebree so, nanso obiara renni mo so da. \p \v 7 Sɛ mudu nkurow a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na sɛ ehia mo yɔnkonom Israelfo no bi a, mummpirim mo koma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so. \v 8 Mmom, mungow mo nsam na momfɛm wɔn nea ehia wɔn biara. \v 9 Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ: “Afe a ɛto so ason, afe a wotwa aka mu no, abɛn,” na moannyina so ammɔ mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn no atirimɔden a moremma wɔn hwee. Ɛba saa a, wobesu afrɛ \nd Awurade\nd* de atia mo, na ɛbɛma wɔabu mo bɔne ho fɔ. \v 10 Mumfi koma pa mu mma na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ mo nnwuma nyinaa ne biribiara a mode mo nsa bɛka no mu. \v 11 Bere biara, mubehu ahiafo wɔ asase no so. Ɛno nti merehyɛ mo sɛ, biribiara a mowɔ no, mumfi ɔpɛ pa mu mma mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn wɔ asase no so no. \s1 Asomfo Ahofadi \p \v 12 Sɛ wo nua Hebrini, sɛ ɔyɛ barima anaa ɔbea, tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirihyia asia a, ɛsɛ sɛ wugyaa no ma ɔde ne ho afe a ɛto so ason no. \v 13 Na sɛ woregya no kwan a, mma no nkɔ nsapan. \v 14 Fa nsa a emu gow so ma no wo nguan no bi, wʼawiporowbea mu ade ne wo nsakyi amoa mu ade bi. Hwɛ sɛnea \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn no, asi ahyira wo no so na ma no. \v 15 Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, yii mo fii hɔ. Ɛno nti na mede saa mmara yi rema mo nnɛ yi. \p \v 16 Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo se, “Merennyaw wo hɔ nkɔ,” efisɛ ɔpɛ wo ne wʼabusuafo asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a, \v 17 ɛno de, fa fitii bɔre nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, yɛ wɔn saa ara. \p \v 18 Momma no nyɛ wo den sɛ mubegyaa mo asomfo no ama wɔafa wɔn ho akodi. Monkae sɛ, mfe asia a wɔasom mo no sɛ wokɔfaa apaafo sɛ wɔnsom mo a, anka mubetua apaafo no sika mmɔho abien na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ ho. \s1 Mmoa Mmakan \p \v 19 Munyi mo anantwi ne mo nguan mmakan anini no nsi hɔ mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. Mo anantwi mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuw mu nkɔyɛ adwuma, na munntwitwa mo nguan mmakan ho nwi nso. \v 20 Mmom, mo ne mo abusuafo na afe biara monwe saa mmoa yi wɔ baabi a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no wɔ nʼanim. \v 21 Na sɛ ɛba sɛ abakan no bi adi dɛm, sɛ ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afura anaa wadi dɛm foforo bi a, mommfa no mmɔ afɔre mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. \v 22 Mmom, momfa no nyɛ aduan mma abusuafo wɔ fie. Sɛ obi ho tew o, sɛ ne ho ntew o, otumi di bi sɛnea obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no. \v 23 Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Munhwie ngu fam te sɛ nsu. \c 16 \s1 Twam Afahyɛ \p \v 1 Daa munni Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram Abib\f + \fr 16.1 \fr*\ft Hebrifo ɔsram Abib no taa si wɔ Ɔbɛnem ne Oforisuo ntam.\ft*\f* no mu mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu da bi anadwo na Onyankopɔn yii mo fii Misraim. \v 2 Munkum anantwi anaa nguan sɛ Twam afɔrebɔde mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, wɔ faako a \nd Awurade\nd* beyi sɛ atenae wɔ ne din mu no. \v 3 Munnni mmɔkaw brodo nka ho; na mmom, nnanson so na munni apiti amanehunu brodo, efisɛ mufii Misraim ɔhare so, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nkwanna nyinaa mu no mobɛkae bere a mutu fii Misraim no. \v 4 Mommma wonhu sɛ mowɔ mmɔkaw wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma nam a mode bɔɔ afɔre da a edi kan no anwummere no nka gya so nkosi anɔpa. \p \v 5 Mommɔ Twam Afahyɛ afɔre no wɔ nkurow a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu biara so, \v 6 gye faako a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, beyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no. Ɛhɔ na mommɔ Twam afɔre no anwummere mfa nni mo Misraimfi bere no afahyɛ. \v 7 Montoto na monwe no wɔ faako a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no. Na ade kye a, monsan nkɔ mo ntamadan mu. \v 8 Nnansia na momfa nni apiti, na ne nnanson so no, nnipa no nyinaa nhyia wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim. Na saa da no, obiara nyɛ adwuma. \s1 Otwabere Afahyɛ \p \v 9 Mumfi bere a mubefi ase atwa atoko no nkan nnaawɔtwe ason. \v 10 Na monhwɛ sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, asi ahyira mo no so mfi mo pɛ mu mmɔ afɔre, nnyina so nni Asese Afahyɛ no mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. \v 11 Na munnye mo ani wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ atenae ma ne din no. Mo ne mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu ne ahɔho, nyisaa ne akunafo a wɔne mo te nyinaa. \v 12 Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yiye na munni saa mmara yi nyinaa so. \s1 Asese Afahyɛ \p \v 13 Sɛ moboaboa mo awiporowbea ne mo nsakyi amoa mu ade ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no. \v 14 Munnye mo ani wɔ mo afahyɛ yi se; mo ne mo abusuafo, mo asomfo ne Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo a wofi mo nkurow mu. \v 15 Momfa nnanson nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anuonyam wɔ faako a ɔbɛpaw, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na ɔma mo nnɔbae bɔ pii na ohyira mo nnwuma nyinaa so; na mo anigye bewie pɛyɛ. \p \v 16 Afe biara mu no, ɛsɛ sɛ mo mmarima no nyinaa hyia wɔ mo \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim faako a ɔbɛpaw no mprɛnsa de ama Apiti Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba \nd Awurade\nd* anim nsapan. \v 17 Ɛsɛ sɛ obiara de akyɛde a ɛne nhyira a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, nhyira no no sɛ ba. \s1 Atemmufo \p \v 18 Munsisi atemmufo ne mpanyimfo mfi mo mmusuakuw biara mu wɔ nkurow a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu, na wobebu nnipa no atɛntrenee. \v 19 Mummmu ntɛnkyew anaa monnhwɛ nnipa anim mmu atɛn. Monnnye adanmude, efisɛ adanmude fura onyansafo ani ma ɔdan nea odi bem no asɛm ani. \v 20 Mummu atɛntrenee nkutoo, na ama moatumi atena asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so. \s1 Ahonisom \p \v 21 Mummfi afɔremuka a mubesi ama \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, akyi nsi abosonnua foforo biara, \v 22 na munnsi ɔbo kronkron, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, kyi eyinom. \c 17 \p \v 1 Mommfa anantwi anaa nguan a wɔadi dɛm anaa wonnye mmɔ afɔre mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, efisɛ ɛyɛ nʼakyiwade. \p \v 2 Sɛ ɛba sɛ muhu sɛ ɔbarima anaa ɔbea a ɔka mo ho wɔ kurow baako bi a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu reyɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim, atia nʼapam no, \v 3 na wabu mʼahyɛde so resom anyame afoforo, rekotow wɔn; anaa ɔresom owia, ɔsram anaa wim nsoromma, \v 4 na sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yiye. Sɛ ɛyɛ nokware na wɔkɔ mu hu sɛ wɔayɛ saa akyiwade yi wɔ Israel a, \v 5 momfa saa ɔbarima anaa ɔbea a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn pon ano na munsiw saa onipa no abo nkum no. \v 6 Nnansefo baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wogyina kum saa ɔbarima no. Nanso ɛnsɛ sɛ wogyina ɔdanseni baako pɛ ano asɛm so kum obi. \v 7 Ɛsɛ sɛ nnansefo no nsa ano abo na wɔtow di kan na akyiri no, nnipa no nyinaa atotow wɔn de de akum no. Saa ɔkwan yi so na mobɛfa atu amumɔyɛfo ase afi mo mu. \s1 Asennii \p \v 8 Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asennii a ne di yɛ mo den sɛ mubebu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudi, nnipa bi ntam manso anaa ntɔkwaw a, momfa wɔn nkɔ faako a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no. \v 9 Monkɔ asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne otemmufo a ɔte agua mu saa bere no nkyɛn. Mummisa wɔn na wɔbɛkyerɛ mo atɛn a mummu. \v 10 Munni gyinae a wobesi wɔ beae a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no so pɛpɛɛpɛ. Monhwɛ yiye na munni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ. \v 11 Munni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinae a wobesi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnan nea wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum. \v 12 Ɛsɛ sɛ wokum obiara a obebu otemmufo anaa ɔsɔfo a ogyina hɔ resom \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, animtiaa no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumɔyɛsɛm ase wɔ Israel. \v 13 Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtiaa bio. \s1 Ɔhene \p \v 14 Sɛ mudu asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na mofa tena so na moka se. “Momma yensi yɛn so hene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,” \v 15 monhwɛ sɛ mobɛfa obi a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no asi mo so hene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔho a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so hene. \v 16 Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodow sɛ nʼagyapade anaasɛ ɔma nnipa san kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodow bi, efisɛ \nd Awurade\nd* aka akyerɛ mo se. “Ɛnsɛ sɛ mosan kɔ mo akyi bio.” \v 17 Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, ne koma befi \nd Awurade\nd* so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii ano. \p \v 18 Sɛ ɔtena ahengua no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw saa mmara yi wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ Lewifo asɔfo anim na ɔfa. \v 19 Mmere dodow a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛnea ɛbɛyɛ a, obedi mmara no so na wasuro \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn no. \v 20 Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsen ne manfo no. Ɛremma no ntwe ne ho mfi mmara no ho nkɔ nifa anaa benkum. Na ɔne nʼasefo bedi ade akyɛ wɔ nʼaheman Israel mu. \c 18 \s1 Asɔfo Ne Lewifo Akyɛde \p \v 1 Lewifo Asɔfo no, nokware Lewi abusuakuw nyinaa no, nni kyɛfa ne agyapade biara wɔ Israelman mu te sɛ mmusuakuw a wɔaka no. Wobedi aduan afɔre a wɔbɔ ma \nd Awurade\nd* no bi, efisɛ wonni agyapade. \v 2 Israelfo mu de, wɔrennya agyapade biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. \nd Awurade\nd* ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no. \p \v 3 Eyi ne kyɛfa a asɔfo no benya afi nantwi ne oguan a nnipa no de bɛbɔ afɔre no mu: ne mmati, nʼabogye ne nʼayamde. \v 4 Afei, momma wɔn mo atokokan mu ade, nsa foforo ne ngo ne nwi a edi kan a wotwitwa fi mo nguan ho no. \v 5 Efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, apaw Lewifo ne wɔn asefo afi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ wonnyina, nsom daa wɔ \nd Awurade\nd* din mu. \p \v 6 Sɛ Lewini bi pɛ na ofi mo nkurow no mu biara a ɔte so wɔ Israel kɔ baabi a \nd Awurade\nd* ayi a, \v 7 otumi som wɔ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn, din mu te sɛnea ne nkurɔfo Lewifo a wɔsom wɔ hɔ wɔ \nd Awurade\nd* anim no yɛ no ara. \v 8 Sɛ mpo wanya sika bi afi abusua agyapade bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛde. \s1 Nneyɛe A Ɛyɛ Akyiwade \p \v 9 Sɛ munya du asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhwɛ yiye na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanne a ɛyɛ akyiwade no. \v 10 Mommma wonhu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babea abɔ ɔhyew afɔre. Na mommma mo nnipa no nyɛ akɔmfo a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifo ne abisakɔfo, ne ntafowayifo \v 11 ne nkaberekyerefo ne samanfrɛfo, osumanni a ɔfrɛ ɔsaman. \v 12 Obiara a ɔyɛ saa ade yi bi no yɛ \nd Awurade\nd* akyiwade na saa akyiwade yi nti na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛpam saa aman no afi mo anim. \v 13 Monyɛ pɛ wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim. \s1 Odiyifo \p \v 14 Aman a morekotu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛnsɛm. Nanso mo de, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, mmaa mo kwan sɛ monyɛ saa ɛ. \v 15 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, beyi odiyifo a ɔte sɛ me afi mo Israelfo yi ara mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ osetie ma no. \v 16 Eyi ne nea mo ankasa mobisaa \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bere a muhyiaa wɔ Horeb no. Mosrɛɛ sɛ mompɛ sɛ mote \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, nne anaa muhu ogyaframa bio, efisɛ musuro sɛ anhwɛ a, mubewuwu. \p \v 17 Na \nd Awurade\nd* buae se, “Mɛyɛ wɔn abisade ama wɔn. \v 18 Mɛda odiyifo te sɛ wo adi afi wɔn nkurɔfo Israelfo mu. Mede me nsɛm bɛhyɛ nʼanom, na ɔbɛka biribiara a mɛhyɛ wɔn no akyerɛ wɔn. \v 19 Mʼankasa me ne obiara a wantie asɛm a odiyifo no bɛka wɔ me din mu no bedi. \v 20 Na odiyifo biara bɛpatuw aka nea menhyɛe, anaa ɔnam onyame foforo bi din so ka asɛm no, ɛsɛ sɛ wokum no.” \p \v 21 Mubebisa mo ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu sɛ adiyisɛm no fi \nd Awurade\nd* anaasɛ emfi no?” \v 22 Sɛ odiyifo no hyɛ nkɔm wɔ \nd Awurade\nd* din mu na amma mu a, na ɛnyɛ \nd Awurade\nd* na ɔde asɛm no mae. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifo no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ musuro. \c 19 \s1 Guankɔbea Nkuropɔn \p \v 1 Sɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo no, na sɛ mopam wɔn na motena wɔn nkurow mu ne wɔn afi mu a, \v 2 munyi nkuropɔn abiɛsa\f + \fr 19.2 \fr*\ft Eyi yɛ nkuropɔn abiɛsa a ɛbɛkaa baako a na ɛwɔ hɔ dedaw a na ɛwɔ Yordan apuei fam sɛ guankɔbea no. Na eyinom wɔ Yordan atɔe fam.\ft*\f* a ɛwɔ asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mfimfini. \v 3 Munyiyi akwan nkɔ hɔ na monkyɛ asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no mu abiɛsa sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ obi kum obi a, obeguan akɔ hɔ. \p \v 4 Sɛ obi anhyɛ da na okum obi a onni ne ho menasepɔw anaa ɔntan no dedaw a, nea ne nsa apa no tumi guan kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa. \v 5 Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wuram sɛ wɔrekobu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako him abonnua no sɛ ɔde rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn fi ne dua mu kum ne yɔnko no a, saa onipa no tumi guan kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa. \v 6 Sɛ anyɛ saa a ɔweretɔni no de abufuw bɛtaa no. Sɛ ɔkwan no ware dodo a ɔbɛto no akum no bi, a anka ɔmfata owu, esiane sɛ ɔnnam adwemmɔne biara so na okum no. \v 7 Eyi nti na merehyɛ mo sɛ munyi nkuropɔn abiɛsa nsi nkyɛn no. \p \v 8 Sɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, trɛw mo man mu sɛnea ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no na ɔde asase no nyinaa ma mo sɛnea ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no a, \v 9 esiane sɛ motɔ mo bo ase di mmara a mehyɛ mo nnɛ yi sɛ monnɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na daa monnantew nʼakwan so no so nti na, ɛsɛ sɛ muyi nkuropɔn abiɛsa si nkyɛn no. \v 10 Monyɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwie mogya a enni fɔ no ngu mo asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ mo agyapade no so, na moanni mogyahwiegu ho fɔ. \p \v 11 Sɛ obi fi nitan mu hyɛ da kɔtɛw obi pira no, kum no na oguan kɔ nkuropɔn yi mu baako so a, \v 12 ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ne kurow no mu hɔ no soma ma wɔkɔfa no fi kuropɔn no mu brɛ ɔweretɔni no ma okum no. \v 13 Munnya ahummɔbɔ biara. Munyi awudi ho afɔdi biara mfi Israel na ama asi mo yiye. \p \v 14 Sɛ mudu asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no so a, munntutu mo yɔnkonom ntɔmmɛ a mo agyanom asisi no ngu. \s1 Nnansefo \p \v 15 Mummmu obi a ɔdanseni baako pɛ abedi atia no no fɔ. Sobobɔ bedi mu, bere a nnipa baanu anaa baasa abedi adanse atia obi. \p \v 16 Sɛ atoro danseni bi ba bɛbɔ obi amumɔyɛ bi ho kwaadu a, \v 17 ɛsɛ sɛ nnipa baanu a wodi asɛm no nyinaa ba asɔfo ne atemmufo a wɔreyɛ \nd Awurade\nd* adwuma no anim. \v 18 Ɛsɛ sɛ atemmufo no yɛ nhwehwɛmu a emu dɔ yiye, na sɛ ɛda adi sɛ ɔdanseni no retwa atoro, a ɔredi adansekurum agu ne yɔnko Israelni no so a, \v 19 ɛno de, monyɛ ɔdansekurumni no sɛnea anka ɔpɛe sɛ wɔyɛ ne yɔnko no. Muntu abɔnefo ase mfi mo mu. \v 20 Nnipa nkae no bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ saa bɔne no wɔ mo mu bio. \v 21 Munnhu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ sɛ mudi so no yɛ nkwa nsi nkwa anan mu, aniwa nsi aniwa anan mu, ɛse nsi se anan mu, nsa nsi nsa anan mu na nan nsi nan anan mu. \c 20 \s1 Akodi Ho Nkyerɛkyerɛ \p \v 1 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfo na muhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne asraafo a wɔdɔɔso sen mo a, munnsuro wɔn, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim no bɛka mo ho. \v 2 Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfo no bɛba abɛkasa akyerɛ asraafo no. \v 3 Ɔbɛka se, “Muntie me, mo Israel mmarima! Nnɛ, morekɔ ɔsa atia mo atamfo. Mommma mo koma ntutu! Mommma mo aba mu mmu na momma mo ho mpopo. \v 4 Na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfo no ama moadi nkonim.” \p \v 5 Asraafo mpanyimfo no bebisa asraafo no se, “Mo mu bi asi ɔdan foforo a ɔntenaa mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu. \v 6 Obi wɔ ha a wadɔw bobeturo na onnidii mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akodidi mu. \v 7 Obi wɔ ha a ɔne ɔbea bi akasa nanso ɔwaree no ana? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔware no.” \v 8 Afei, mpanyimfo no bɛkɔ so abisa se, “So mo mu bi suro anaa ne koma atu ana? Ɛno de, ɔnkɔ fie sɛnea ɛbɛyɛ a, ne nuabarimanom nso koma rentu.” \v 9 Sɛ mpanyimfo no wie asraafo no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpaw asahene adeda wɔn ano. \p \v 10 Sɛ mudu kurow bi mu a mo ne wɔn nni kan nka asomdwoesɛm. \v 11 Sɛ wɔpene mo nhyehyɛe so na wobue wɔn apon ma mo a, mobɛhyɛ nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa ama wɔayɛ adwumaden ama mo. \v 12 Na sɛ wɔampene asomdwoe nhyehyɛe no so na sɛ wose wɔne mo bɛko a, ɛno de, montow nhyɛ kurow no so. \v 13 Sɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, dan kurow no hyɛ mo nsa a, munkum kurow no mu mmarima nyinaa. \v 14 Ɛyɛ a momfa kurow no mu mmea, mmofra, nyɛmmoa ne asade a aka nyinaa sɛ agyapade. Mubetumi de mo atamfo no asade a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de bɛma mo no ayɛ mo ade. \v 15 Eyi ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mode nkuropɔn a ɛwɔ akyiri na wɔnyɛ aman a ɛbemmɛn no fa so. \p \v 16 Na amanaman nkuropɔn a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no de, monsɛe biribiara a nkwa wɔ mu wɔ hɔ. \v 17 Monsɛe Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no pasaa sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ahyɛ mo no. \v 18 Sɛ ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwade a wɔyɛ wɔ wɔn abosonsom ho amma mo anyɛ bɔne antia \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. \p \v 19 Sɛ motua kuropɔn bi ano kyɛ, a moreko afa kurow no a, mommfa abonnua ntwitwa mu nnua nsɛe no. Efisɛ mubetumi adi nʼaba. Munntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfo a ɛsɛ sɛ motow hyɛ so! \v 20 Nanso mutumi twa nnua a munim sɛ ɛnyɛ aduan; na momfa nyɛ ade a ɛho behia mo sɛ mode bɛboa atua kurow a mo ne wɔn reko no ano akosi sɛ mubedi so. \c 21 \s1 Awudi A Wonnim Owudifo No Ho Mpata \p \v 1 Sɛ wohu sɛ wɔakum obi da afum wɔ asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ munnim owudifo no a, \v 2 mo ntuanofo ne atemmufo no bɛkɔ akosusuw ɔkwan a ɛda nea owufo no da hɔ ne kurow a ɛbɛn no ntam. \v 3 Afei, mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn owufo no pɛɛ no mfa nantwi ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee konnua da \v 4 na wonni nʼanim mfa no nkɔ subon a womfuntumii anaa wonnuaa hwee wɔ hɔ da na nsu sen wɔ mu. Subon no mu na ɛsɛ sɛ wobu nantwi ba no kɔn mu. \v 5 Lewifo asɔfo bɛba hɔ, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, paw wɔn sɛ wɔnka asɛm na wonhyira wɔ \nd Awurade\nd* din mu. Na wɔn na wosi ntawntaw ne dɛmdi asenni ne asotwe so dua. \v 6 Ɛsɛ sɛ kurow a ɛbɛn funu no mu mpanyimfo no hohoro wɔn nsa gu nantwi ba a wobuu ne kɔn mu no so, \v 7 na wɔaka se, “Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn ani anhu nso. \v 8 \nd Awurade\nd*, gye saa mpata ma wo man Israel a wugyee wɔn no. Mfa mogya a edi bem yi ho so nto wo nkurɔfo Israel so.” Wowie eyi a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afi hɔ. \v 9 Sɛ wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ \nd Awurade\nd* ani so a, na moayi awudi no ho afɔbu afi mo atenae hɔ. \s1 Mmea Nnommumfo Aware \p \v 10 Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfo na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, dan wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnommum, \v 11 na sɛ muhu ɔbea hoɔfɛfo bi wɔ wɔn mu na, mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, mutumi ware no. \v 12 Momfa no mmra mo fi na munyi ne ti, mmubu ne werɛw, \v 13 na munyi ntade a na ɔhyɛ wɔ bere a mokyeree no no ngu hɔ. Na ɔntena mo fi nsu nʼagya ne ne na ɔsram akyi ansa na, moatumi akɔ ne ho sɛ ɔyere na wo nso woayɛ no okunu. \v 14 Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, efisɛ moagu nʼanim ase. \s1 Abakan Ho Asɛm \p \v 15 Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn nea ɔka ho no, na wɔn baanu no mu biara ne no wɔ ɔbabarima, nanso nʼabakan no yɛ ɔbea a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima, \v 16 na sɛ ɔhyɛ nsamansew de ma ne mmabarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛse no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima no. \v 17 Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no anam so ama no nʼagyapade no mmɔho abien. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan. Ɛno nti, abakan kyɛfa yɛ ne dea. \s1 Ɔbabarima A Ɔtew Atua \p \v 18 Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatewfo a ontie nʼagya ne ne na asɛm wɔ bere a wɔteɛ no so a, \v 19 nea ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne ɛna no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanyimfo a wɔwɔ kurow no pon ano no anim. \v 20 Wɔbɛpae mu aka akyerɛ mpanyimfo no se, “Yɛn babarima yi yɛ ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie yɛn asɛm. Ɔyɛ odidifo ne ɔkɔwensani.” \v 21 Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kurow no mu nyinaa siw no abo kum no. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu. Israel nyinaa bɛte na wɔabɔ hu. \s1 Mmara Ahorow \p \v 22 Sɛ obi yɛ amumɔyɛsɛm bi a ɛfata owu na enti wokum no na wɔde no sɛn dua so a, \v 23 ɛnsɛ sɛ nʼamu no sɛn dua no so ma ade kye so. Ɛsɛ sɛ da no ara, musie amu no, efisɛ obiara a wɔsɛn no wɔ dua so no wɔ Onyankopɔn nnome ase. Munngu asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no ho fi. \c 22 \p \v 1 Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko Israelni bi nantwi anaa ne guan nam basabasa a, mmu wʼani ngu so; mmom kyere no kɔma ne wura. \v 2 Sɛ ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wunnim no a, fa no kɔ wo fi kosi sɛ ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na wode nʼaboa ma no. \v 3 Sɛ wuhu wo nua bi afurum anaa ne ntama anaa ne biribi a ayera a, yɛ no saa ara. Mmu wʼani ngu so. \p \v 4 Sɛ wuhu sɛ wo yɔnko Israelni bi afurum anaa ne nantwi bi atew ahwe wɔ ɔkwan mu a, mmu wʼani ngu so. Kɔboa ne wura no na ɔmma aboa no so nnyina hɔ. \p \v 5 Ɛnsɛ sɛ ɔbea hyɛ mmarima atade, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ mmea atade, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, kyi obiara a ɔyɛ eyi. \p \v 6 Sɛ wokɔto anomaa berebuw wɔ ɔkwankyɛn, sɛ ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam, na sɛ anomaa no na butuw ne ba no so anaa obutuw nkesua so a, mfa anomaa no na ne ne ba no nkɔ. \v 7 Wutumi fa ne ba no nanso hwɛ sɛ wobɛma ne na no akɔ, sɛnea ebesi wo yiye na wo nkwanna aware. \p \v 8 Sɛ wusi ɔdan foforo a, yɛ ban fa wo dan no nkuruso no ho na obi amfi hɔ antew anhwe amma woamfa mogyahwiegu ho afɔdi amma wo ne wo dan no so. \p \v 9 Nnua nnɔbae foforo biara wɔ bobe ntam wɔ wo bobeturo mu. Sɛ woyɛ saa a, na wo nnɔbae no ne bobeturo no so aba nyinaa ho agu fi. \p \v 10 Nsa nantwi ne afurum mmɔ mu mfuntum afuw. \p \v 11 Mfura ntama a wɔde kuntu ne sirikyi afra anwen. \p \v 12 Yɛ ntama a wufura no ano anan no nyinaa mpɛsɛ. \s1 Nneyɛe A Ɛmfata Wɔ Aware Mu \p \v 13 Sɛ ɔbarima ware ɔbea na ɔne no da na akyiri no ɔmpɛ no bio, \v 14 na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no din bɔne se, “Mewaree no no, manhu biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun,” \v 15 a, ɔbea no agya ne ne na wɔ ho kwan sɛ wɔde adansede a ɛkyerɛ sɛ wɔn babea no yɛ ɔbabun bɛkyerɛ kurow no mpanyimfo wɔ kurow no pon. \v 16 Ɛsɛ sɛ ɔbea no agya ka kyerɛ wɔn se, “Mede me babea maa ɔbarima yi aware nanso ose ɔmpɛ no bio. \v 17 Wagu nʼanim ase aka se, ‘Manhu sɛ wo babea no yɛ ɔbabun.’ Nanso adansede a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbabun no ni.” Afei, wɔbɛtrɛw ntama no mu wɔ kurow no mpanyimfo anim, \v 18 na mpanyimfo no bɛfrɛ ɔbarima no atwe nʼaso. \v 19 Wɔbɛbɔ no ka kilogram baako sɛ wagu Israel ɔbabun no anim ase. Wobetua sika no ama ɔbea no agya. Afei, ɔbabea no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio. \p \v 20 Sɛ ɛkɔba sɛ kwaadu a wɔde bɔɔ no no yɛ nokware na wɔannya adansede a ɛfa ne babunyɛ no ho ankyerɛ a, \v 21 wɔde ɔbea no bɛba nʼagya fi abɔntenpon ano na kurom hɔ mmarima asiw no abo akum no. Ɔnam aguamammɔ so ayɛ animguase ade wɔ Israel, bere a ɔne nʼawofo te. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase fi mo mu. \p \v 22 Sɛ wohu sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforo bi yere da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a ɔne ɔbea no dae no ne ɔbea no nyinaa. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase wɔ Israel. \p \v 23 Sɛ ɔbarima bi hyia ababaa a ɔyɛ ɔbabun a ɔne obi ahyehyɛ aware na ɔbarima no ne ababaa no da na sɛ saa asɛm no sii wɔ kurow no mu a, \v 24 ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kurow no apon ano kosiw wɔn abo kum wɔn. Ababaa no di fɔ, efisɛ na ɔwɔ kurom nanso wanteɛteɛ mu ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, efisɛ wafa obi yere. Ɛsɛ sɛ mutu saa bɔne no ase fi mo mu. \p \v 25 Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbea a obi ne no ahyehyɛ aware wɔ wuram, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wokum ɔbarima a ɔyɛɛ saa no nkutoo. \v 26 Monnyɛ ababaa no hwee, efisɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛma ɔfata owu. Saa asɛm yi te sɛ obi a watow ahyɛ ne yɔnko so akum no, \v 27 efisɛ ɔbarima no hyiaa ɔbea no wɔ wuram, na asiwa no teɛteɛɛ mu de, nanso wannya ogyefo biara. \p \v 28 Sɛ wɔkyere ɔbarima bi sɛ wahyɛ ababaa bi a obi ne no nhyehyɛe aware, ne no ada a, \v 29 ɛsɛ sɛ otua dwetɛ kilogram abien ne fa ma ababaa no agya. Na ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaa no, efisɛ wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no aware da. \p \v 30 Ɔbarima biara nni ho kwan sɛ ɔne nʼagya yere da; ɛnsɛ sɛ ogu nʼagya mpa ho fi. \c 23 \s1 Nnipa A Wɔmfata Awurade Bagua Asekɔ \p \v 1 Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima akyene no mma \nd Awurade\nd* bagua ase. \p \v 2 Wɔn a wɔyɛ mpenamma ne wɔn aseni biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no, mma \nd Awurade\nd* bagua ase. \p \v 3 Amonfo anaa Moabfo anaasɛ wɔn asefo biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no mu biara mma \nd Awurade\nd* bagua ase. \v 4 Saa aman yi annye mo, amma mo aduan anaasɛ nsu, bere a mufi Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ofi Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo. \v 5 Nanso \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, antie Balaam. Ɔdan nnome no maa ɛyɛɛ nhyira maa mo, efisɛ \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn no, dɔ mo. \v 6 Na sɛ mote ase yi, mo ne Amonfo ne Moabfo nnyɛ ayɔnkofa apam koraa. \p \v 7 Munnkyi Edomfo anaa Misraimfo, efisɛ Edomfo yɛ mo nuanom, na motenaa Misraimfo nso mu sɛ ahɔho. \v 8 Wɔn awo ntoatoaso abiɛsa so mma no betumi akɔ \nd Awurade\nd* bagua ase. \s1 Atenae Hɔ Afide \p \v 9 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfo a, montwe mo ho mfi nea ɛho ntew biara ho. \v 10 Sɛ ɔbarima bi ho gu fi esiane anadwo mu ho nsu a ɛsen a, ɛsɛ sɛ ofi atenae hɔ kɔtena baabi da mu no nyinaa. \v 11 Edu anwummere a, ɛsɛ sɛ oguare na owia kɔtɔ a, otumi san ba atenae hɔ. \p \v 12 Muntwa asraafo atenae hɔ baabi nto hɔ a mubegya mo anan. \v 13 Mofa biribi nka ne nneɛma ho a mode betu fam. Bere biara a mubegya mo anan no, momfa sofi no ntu amoa na monkata agyanan no so. \v 14 Ɛsɛ sɛ asraafo atenae hɔ yɛ kronkron, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, nam mo atenae no so bɔ mo ho ban na moadi mo atamfo so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ohu animguasede biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdan nʼakyi akyerɛ mo. \s1 Asetena Pa Ho Mmara \p \v 15 Sɛ nkoa guan ba mo nkyɛn bɛbɔ wɔn ho aguaa a, munnyi wɔn mma wɔn wuranom. \v 16 Momma wɔntena mo mu wɔ kurow biara a wɔpɛ so a monnyɛ wɔn ayayade. \p \v 17 Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbea biara yɛ nsɔree so oguamanfo. \v 18 Mommfa afɔrebɔde anaa adenya bi a efi oguamanfo nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, fi, efisɛ ɛyɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, akyiwade. \p \v 19 Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduan anaa biribi foforo bi a wogye ho mfɛntom no, monnnye ho mfɛntom. \v 20 Mutumi gye bosea ho mfɛntom fi ahɔho nkyɛn na nyɛ Israelfo nkyɛn sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no so. \p \v 21 Sɛ mohyɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Efisɛ ɛdan dɛn ara a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛdan mo ka na mubedi bɔne ho fɔ. \v 22 Nanso sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara. \v 23 Na sɛ wo ara wufi wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yiye na di asɛm a woaka no so, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na woafi wo pɛ mu de wʼano ahyɛ no bɔ. \p \v 24 Wutumi di bobe aba dodow biara a wopɛ wɔ wo yɔnko bobeturo mu, nanso mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ. \v 25 Saa ara na mubetumi de mo nsa abubu atoko kakra wɔ mo yɔnko afum, nanso ɛnsɛ sɛ mode afoa twa. \c 24 \p \v 1 Sɛ ɔbarima ware yere na sɛ nʼani nnye ne ho bio, efisɛ wahu ade bɔne bi wɔ ne ho, na sɛ ɔkyerɛw awaregyae krataa de ma no, na ɔpam no fi ne fi, \v 2 na ofi fi hɔ na ɔbarima foforo kɔware no, \v 3 na ne kunu a ɔto so abien no gyaa no anaasɛ owu a, \v 4 ne kunu a odi kan a ogyaa no no nni ho kwan sɛ ɔware no bio, bere a ne ho agu fi akyi no. Ɛyɛ akyiwade wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Mommfa afɔbu mma asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no so. \p \v 5 Sɛ ɔbarima aware foforo a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ wɔde dwuma bi di to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforo a waware no no anya ahotɔ. \p \v 6 Monnnye adeyam bo ne ne boba anaa ne ba no nko ara nsi ka ano, ɛba saa a na moagye ne wura no ano aduan sɛ akagyinamde. \p \v 7 Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na odi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ owifo no wu. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu. \p \v 8 Monhwɛ ɔhonam ani nsanyare nyinaa yiye na munni ho mmara a Lewifo asɔfo bɛkyerɛ mo no so. Munni ahyɛde a mede ama wɔn no so pɛpɛɛpɛ. \v 9 Monkae nea bere a mufi Misraim reba no \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, yɛɛ Miriam. \p \v 10 Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fi nkogye akagyinamde. \v 11 Gyina afikyiri na ma ɔyɔnko a ɔfɛm wʼade no mfa akagyinamde no mmrɛ wo. \v 12 Sɛ ɔyɔnko no yɛ ohiani a, nkora akagyinamde no nkosi adekyee. \v 13 Enkosi owiatɔbere no na wode ntama no akɔma wo yɔnko no na ɔde ada. Na ɔbɛda wo ase, na wɔbɛfa no sɛ ade trenee wɔ \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn no, ani so. \p \v 14 Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo nkurow no mu bi mu no so. \v 15 Tua nʼapaade ma no da biara ansa na owia akɔtɔ, efisɛ ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, obesu afrɛ \nd Awurade\nd* atia wo, na wubedi bɔne ho fɔ. \p \v 16 Ɛnsɛ sɛ wokum awofo wɔ wɔn mma bɔne bi a wɔayɛ ho. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wokum mma wɔ awofo bɔne bi a wɔayɛ ho. Ɛsɛ sɛ obiara wu wɔ nʼankasa bɔne ho. \p \v 17 Ɛnsɛ sɛ mubu ahɔho a wɔte mo mu ne nyisaa ntɛnkyew, anaasɛ mugye ɔbea kunafo ntama de di akagyinamu. \v 18 Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na ogyee mo. Ɛno nti na mehyɛ mo sɛ monyɛ eyi no. \p \v 19 Sɛ moretwa mo mfuw mu nnɔbae, na mo ani pa nnɔbae no bi so a, monnsan nkɔfa. Monnyaw ma ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, behyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so. \v 20 Sɛ motew wo ngonnua so aba a, monkɔ so mprenu. Monnyaw aba a aka wɔ so no mma ahɔho, nyisaa ne akunafo. \v 21 Saa nso na motew wo bobe nturo so aba a, monkɔ so mprenu; na monnyaw aba a aka wɔ so no mma ahɔho, nyisaa ne akunafo. \v 22 Monkae sɛ, moyɛɛ nkoa wɔ Misraim. Ɛno nti na mehyɛ mo sɛ monyɛ eyi no. \c 25 \p \v 1 Sɛ akasakasa si nnipa bi ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asennii na atemmufo no nni asɛm no. Wobegyaa nea odi bem no na wɔatwe de odi fɔ no aso. \v 2 Sɛ nea odi fɔ no fata sɛ wotwa no mmaa a, atemmufo no bɛma no ada hɔ na wɔatwa no mmaa dodow a ɛfata ne bɔne no wɔ nʼanim. \v 3 Nanso ɛnsɛ sɛ otemmufo no ma wotwa mmaa boro aduanan. Sɛ wotwa boro saa a, na wɔagu wo yɔnko Israelni anim ase wɔ wʼanim. \p \v 4 Nkyekyere nantwi a ɔreporow atoko ano. \p \v 5 Sɛ nuabarimanom baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafo no kɔware ɔhɔho. Mmom, ne kunu a wawu no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafo no ma ɔyɛ okunu nua no asɛde. \v 6 Wɔde abakan a wɔbɛwo no no bɛto nʼagya a wawu no sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din rempepa mfi Israel. \p \v 7 Na sɛ ɛba sɛ owufo no nuabarima mpɛ sɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbea no bɛkɔ kurow no mpanyimfo nkyɛn wɔ kurow no pon ano akɔka akyerɛ wɔn se, “Me kunu nua no mpɛ sɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrenyɛ okunu nua asɛde mma me.” \v 8 Afei, ɔbarima no kurom mpanyimfo bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ose pene ara na ɔrempene nti ɔka se, “Mempɛ sɛ meware no a,” \v 9 okunafo no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanyimfo no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔw ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasu agu nʼanim na waka se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.” \v 10 Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefo wɔ Israel se Abusua a Wɔaworɔw wɔn Mpaboa. \p \v 11 Sɛ Israelfo mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere pɛ sɛ ɔboa ne kunu nti, oso ɔbarima baako no barima mu a, \v 12 ɛsɛ sɛ motwa ɔbea no nsa no a ahummɔbɔ biara nni mu. \p \v 13 Monnkita nsania ahorow abien a baako yɛ duru na baako yɛ hare. \v 14 Monnkora olonka ahorow abien a baako so na baako su wɔ mo fi. \v 15 Momfa nsania ne olonka a ɛyɛ pɛpɛ na nokwaredi wɔ mu nsusuw aguade na moanya nkwanna tenten wɔ asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so. \v 16 Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari aguade no yɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, akyiwade. \p \v 17 Monkae nea Amalekfo yɛɛ mo bere a mufi Misraim reba no. \v 18 Wɔtow hyɛɛ mo so bere a moabrɛbrɛ na moatotɔ beraw no na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wonsuro Onyankopɔn. \v 19 Sɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ma mo ahomegye fi mo atamfo nyinaa nsam, wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapade no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfo na wɔankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfi eyi da! \c 26 \s1 Otwa Afɔrebɔde Ne Ntotoso Du Du \p \v 1 Sɛ mudu asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rebɛma mo sɛ mo agyapade no so na moko gye, na motena so a, \v 2 momfa otwakan wɔ otwabere biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛpaw sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no, \v 3 na monkɔ ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ saa bere no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, “Meda no adi nnɛ akyerɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, sɛ \nd Awurade\nd* de me aba asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no so.” \v 4 Afei, ɔsɔfo no begye kɛntɛn no afi wo nsam de asi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no anim. \v 5 Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ ɔkwantuni Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛse. \v 6 Bere a Misraimfo dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no, \v 7 yesu frɛɛ \nd Awurade\nd*, yɛn agyanom Nyankopɔn no. Ɔtee yɛn sufrɛ na ohuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a na yɛwɔ mu. \v 8 Enti \nd Awurade\nd* nam tumi a ɛyɛ nwonwa, ehu a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnne a epusuw nnipa ne anwonwasɛm so gyee yɛn fii Misraim. \v 9 Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufusu ne ɛwo resen so yi maa yɛn. \v 10 Afei, \nd Awurade\nd*, mede akyɛde a ɛyɛ mʼaduankan a wode fi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduan no si \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim na sɔre no. \v 11 Afei, kɔ na wo ne Lewifo ne ahɔho a wɔte mo mu no nkogye mo ani wɔ nneɛma pa a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de ama wo ne wo fifo no ho. \p \v 12 Afe a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ ntotoso du du afe a woayi wo nnɔbae so ntotoso du du awie no ɛsɛ sɛ mode ma Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi amee wɔ mo nkurow so. \v 13 Afei, mompae mu nka wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim se, “Mede akyɛde kronkron a efi me fi ama Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo sɛnea wohyɛɛ me no. Mimmuu wʼahyɛde bi so anaa me werɛ mfii wo mmara no mu biara ɛ. \v 14 Manni akronkronne no bi bere a meretwa adwo no, na bere a na me ho ntew no nso, mamfa me nsa anka bi; na mamfa mu bi nso amma awufo. Matie \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn no, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no. \v 15 Fi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfo Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea wode ntam hyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.” \s1 \nd Awurade\nd* Mmara Sodi Ho Nkaebɔ \p \v 16 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, hyɛ mo nnɛ sɛ, munni saa ahyɛde ne mmara yi nyinaa so; momfa mo koma ne mo kra nyinaa nni so pɛpɛɛpɛ. \v 17 Moapae mu aka no nnɛ se, \nd Awurade\nd* yɛ, mo Nyankopɔn, na mobɛnantew nʼakwan so na mubedi ne mmara so ayɛ osetie ama no. \v 18 Na \nd Awurade\nd* aka no nnɛ se, moyɛ ne nkurɔfo, nʼagyapade a ne koma da ho sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno nti, ɛsɛ sɛ mudi nʼahyɛde nyinaa so. \v 19 Na sɛ moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛse asen ɔman biara. Afei, mubenya nkamfo ne anuonyam a ɛboro aman a wayɛ no nyinaa de so. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ama \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. \c 27 \s1 Bepɔw Ebal Afɔremuka \p \v 1 Mose ne Israel mpanyimfo hyɛɛ ɔmanfo no se, “Munni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so. \v 2 Sɛ mutwa Yordan kodu asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhyehyɛ abo akɛse na momfa akaadoo nsra ho. \v 3 Sɛ mutwa Yordan kɔ asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so, asase a ɛwo ne nufusu resen so no so a, monkyerɛw mmara no nyinaa ngu so sɛnea \nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no. \v 4 Na sɛ mutwa Yordan a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal bepɔw so sɛnea merehyɛ mo nnɛ yi na momfa akaadoo nsra ho. \v 5 Munsi afɔremuka, abo afɔremuka wɔ hɔ mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. Mommfa dade biribiara nka. \v 6 Momfa abo amuamu nsi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no na mommɔ ɔhyew afɔre wɔ so mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. \v 7 Mommɔ asomdwoe afɔre nso wɔ so na momfa anigye nnidi wɔ hɔ wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim. \v 8 Monkyerɛw mmara no mu nhyehyɛe nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu abo a wɔde akaadoo asra ho no so.” \s1 Nnome A Efi Bepɔw Ebal So \p \v 9 Afei, Mose ne Lewifo asɔfo kasa kyerɛɛ Israelfo no se, “Israel, monyɛ komm na muntie! Nnɛ, moabɛyɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, manfo. \v 10 Monyɛ osetie mma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na munni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi so.” \p \v 11 Saa da no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfo no se: \p \v 12 Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan a Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuw na wonnyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no. \v 13 Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuw nso nnyina Ebal bepɔw so nnome. \p \v 14 Lewifo nteɛteɛ mu nworo ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so se: \b \p \v 15 “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu de ahyɛ kokoa mu. Saa ahoni, adwumfo nsa ano nnwuma yi yɛ \nd Awurade\nd* akyiwade.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 16 “Nnome nka obiara a obebu nʼagya anaa ne na animtiaa.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 17 “Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 18 “Nnome nka obiara a ɔma onifuraefo fom kwan.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 19 “Nnome nka obiara a osisi ahɔho, nyisaa ne akunafo.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 20 “Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, efisɛ wagu nʼagya mpa ho fi.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 21 “Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 22 “Nnome nka obiara a ɔne ne nuabea bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babea anaa ne na babea.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 23 “Nnome nka obiara a ɔne nʼasebea bɛda.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 24 “Nnome nka obiara a obekum ɔfoforo wɔ kokoa mu.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 25 “Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \p \v 26 “Nnome nka obiara a wanni mmara nsɛm yi so na wannye anto mu.” \pr Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” \c 28 \s1 Osetie Mu Nhyira \p \v 1 Na sɛ mutie \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na mudi mmara a mede rema mo nnɛ yi so a, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛpagyaw mo wɔ aman a wɔwɔ wiase nyinaa no so. \v 2 Sɛ mutie \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, a mubenya saa nhyira yi nyinaa: \pm \v 3 Wobehyira mo wɔ mo nkurow ne mo man mu. \pm \v 4 Wobehyira mo yafunu mu aba, ne mo nsase so nnɔbae, ne mo nyɛmmoa, nantwimma ne nguamma. \pm \v 5 Wɔde nnuaba nkɛntɛn amaama, ne mmɔre korow a brodo no ahyɛ ma behyira mo. \pm \v 6 Wobehyira mo fieba mu ne mo adifi mu. \p \v 7 Sɛ atamfo tow hyɛ mo so a, \nd Awurade\nd* bedi wɔn so. Wobefi baabi atow ahyɛ mo so na wɔafa akwan ason so ahwete, afi mo anim. \p \v 8 Biribiara a mobɛyɛ no, \nd Awurade\nd* behyira so na obehyira mo asan. \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so. \p \v 9 Sɛ mudi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moyɛ osetie ma no a, Awurade begyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no. \v 10 Afei, asase so nnipa nyinaa behu sɛ, moyɛ nnipa a \nd Awurade\nd* de ne din afrɛ mo na wobesuro mo. \v 11 \nd Awurade\nd* bɛma mo yiyedi a ɛboro so–mo yafunu mu aba, nyɛmmoa mma ne mo asase so nnɔbae—wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma mo no so. \p \v 12 \nd Awurade\nd* fi nʼahonya dodow a ɛwɔ soro no mu bɛma osu atɔ wɔ ne bere mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii, nanso mo de, moremfɛm hwee mfi wɔn nkyɛn. \v 13 Sɛ mutie saa \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi na mudi so pɛpɛɛpɛ a, \nd Awurade\nd* bɛyɛ mo eti na ɛnyɛ bodua, na moakorɔn daa. \v 14 Ɛnsɛ sɛ moman fa benkum anaa nifa fi ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi biara ho sɛ morekodi anyame foforo akyi asom wɔn. \s1 Asoɔden Ho Nnome \p \v 15 Na sɛ moantie \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so pɛpɛɛpɛ a, saa nnome yi nyinaa bɛba abebunkam afa mo so. \pm \v 16 Nnome bɛka mo wɔ mo nkuropɔn ne mo man mu. \pm \v 17 Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre korow a brodo nni mu bɛdome mo. \pm \v 18 Wɔbɛdome wo yafunu aba, ne wʼasase so nnɔbae. Ne wo nyɛmmoa mu nantwimma ne nguamma. \pm \v 19 Wɔbɛdome wo fieba ne wo adifi. \p \v 20 \nd Awurade\nd* bɛma nnome, basabasayɛ ne huammɔdi aba ade biara a moyɛ mu, kosi sɛ awiei no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagyaw no nti. \v 21 \nd Awurade\nd* de nyarewa bɛba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so. \v 22 \nd Awurade\nd* de ɔyare a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma atiridii ne ahonhon abɔ mo na wama ɔhyew a ano yɛ den, nnɔbae nyarewa ne kakawirewire aba mo so na ahaw mo ara akosi sɛ mo ase bɛtɔre. \v 23 Ɔsoro a ɛkata mo ti so no bɛdan sumpii na fam adan dade. \v 24 \nd Awurade\nd* bɛdan osutɔ a ɛwɔ mo man mu no mfutuma; ɛbɛtɔ afi soro agu mo so akosi sɛ mobɛsɛe. \p \v 25 \nd Awurade\nd* bɛma mo adi nkogu wɔ mo atamfo anim. Mobɛfa baabi akɔtow ahyɛ mo atamfo so, nanso mobɛfa akwan ahorow ason so aguan afi wɔn anim. Mobɛyɛ atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase yi so no nyinaa. \v 26 Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wuram mmoa aduan na obiara nso nni hɔ saa bere no a, ɔbɛpam wɔn. \v 27 \nd Awurade\nd* bɛma mpɔmpɔ a esisii wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde mpɔmpɔ, ntutui ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo. \v 28 \nd Awurade\nd* de adammɔ, anifurae ne adwene mu basabasayɛ bɛto mo so. \v 29 Mode mo nsa bɛkeka awia ketee te sɛnea onifuraefo de ne nsa keka anadwo no. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔn daa na obiara remmegye mo. \p \v 30 Mubesi ɔbea asiwa nso obi bɛhyɛ no ne no ada. Mubesi dan, nanso morentena mu. Mobɛyɛ bobeturo nanso morenni mu aba. \v 31 Wobekum mo nantwi wɔ mo anim, nanso morennya ne nam bi nwe. Wobegye mo afurum afi mo nsam a wɔrensan mfa mmrɛ mo. Wɔde mo nguan bɛma mo atamfo na morennya ɔboafo a obegye wɔn ama mo. \v 32 Wɔde mo mmabarima ne mo mmabea bɛma ɔman foforo na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔ dwe nanso morentumi nyɛ ho hwee. \v 33 Nnipa a munnim wɔn na wɔbɛfow mo brɛ so ade adi na daa wɔasan ahyɛ mo so. \v 34 Mo ani so ade a mubehu no bɛbɔ mo dam. \v 35 \nd Awurade\nd* bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ yaw a wɔko a ɛnkɔ abobɔ mo nkotodwe ne mo anan ho na atrɛw afi mo nantin akosi mo mpampam. \p \v 36 \nd Awurade\nd* bɛpam mo ne mo hene a odi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame afoforo, anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ. \v 37 Mobɛyɛ atantanne, akyiwade ne aserewde ama aman a \nd Awurade\nd* de mobɛkɔ so no nyinaa so. \p \v 38 Mubedua bebree wɔ mo nsase so, nanso mubetwa kakraa bi, efisɛ mmoadabi bɛwe mo nnɔbae. \v 39 Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yiye nanso morennom anaa morenni so aba, efisɛ asunson bedi. \v 40 Mubedua ngonnua afa mo nsase so nyinaa, nanso morennya mu ngo biara, efisɛ ngo aba no bɛtetew agu fam. \v 41 Mobɛwo mmabarima ne mmabea, nanso nyɛ mo na mobɛtetew wɔn, efisɛ wɔbɛkɔ nnommum mu. \v 42 Mmoadabi kuw bɛfa mo asase so nnua ne nnɔbae. \p \v 43 Ahɔho a wɔte mo mu no bɛkorɔn abunkam mo so, nanso mobɛkɔ so amem akɔ fam. \v 44 Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ eti na moayɛ dua. \p \v 45 Sɛ moanyɛ osetie amma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anni ahyɛde a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba mo so na ebedi mo akyi na abunkam afa mo so akosi sɛ wɔbɛsɛe mo. \v 46 Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnne ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefo daa nyinaa. \v 47 Esiane sɛ moamfa anigye ne ahosɛpɛw ansom \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, wɔ bere a esii mo yiye no, nti, \v 48 enti mubefi ɔkɔm ne osukɔm, adagyaw ne ohia buruburoo mu asom mo atamfo a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛsoma wɔn aba mo so no. Wɔbɛhyɛ mo nnade konnua akosi sɛ mobɛsɛe. \p \v 49 \nd Awurade\nd* de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi, wɔ asase ano, ɔman a monte wɔn kasa no, bɛba mo so na wɔatow ahyɛ mo so te sɛnea ɔkɔre sian no, \v 50 ɔman a wɔn ho yɛ hu na wommu ɔpanyin, na wonni ahummɔbɔ mma mmofra. \v 51 Nʼasraafo bɛtow ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo asase so nnɔbae so adi no fuu akosi sɛ mubewuwu. Wɔrennyaw atoko, nsa foforo anaa ngo; mo nyɛmmoa nantwimma anaa nguamma kosi sɛ mobɛsɛe. \v 52 Wobetua mo nkuropɔn nyinaa ano akosi sɛ wɔbɛka mo afasu dennen a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa no agu. Wobetua asase a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so nkuropɔn no nyinaa ano. \p \v 53 Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfo de bɛba mo so wɔ bere a wɔatua mo ano no mu no nti, mobɛwe mo yafunu mu aba, mo mmabarima ne mmabea a \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn no de ama mo no nam. \v 54 Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni a nʼani da hɔ no renhu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no, anaa ne mma a wɔte ase no mmɔbɔ, \v 55 na ɔremma wɔn mu biara ne mma no mu bi nam a ɔrewe no. Esiane sɛ ɛno ara ne nea aka a ɔbɛwe wɔ bere a mo atamfo atua mo nkuropɔn no nyinaa ano rehiahia mo ho no nti. \v 56 Mo mu ɔbea a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatede wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nantin besi fam no benya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmabarima anaa ne mmabea ho menasepɔw. \v 57 Ɔbea no de awo akyi ade ne abofra a wawo no foforo no besie wɔn sɛnea obetumi awe ne nyinaa wɔ kokoa mu, esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfo de bɛba mo so, bere a wɔatua mo nkuropɔn ano no nti. \p \v 58 Sɛ moanni mmara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa so pɛpɛɛpɛ, na moanni saa onuonyamfo ne ɔnwonwani \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, no din ni a, \v 59 \nd Awurade\nd* de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛba mo ne mo asefo. Ɛbɛyɛ atoyerɛnkyɛm a ano yɛ den ne ɔyaredɔm a ano yɛ den na ɛbɛtena hɔ akyɛ. \v 60 Ɔde ɔyaredɔm ahorow a ɛbaa wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛba bɛtena mo so. \v 61 \nd Awurade\nd* de nyarewa ahorow bebree ne atoyerɛnkyɛm a wɔnkyerɛw wɔ Mmara Nhoma yi mu no bɛbrɛ mo akosi sɛ mobɛsɛe. \v 62 Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛtew koraa, efisɛ moantie \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. \v 63 Sɛnea na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo adi yiye na moadɔɔso no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛw mo na wasɛe mo. Obetutu mo ase afi asase a morekɔ so akɔfa no so. \p \v 64 Na \nd Awurade\nd* bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa afi asase ano akosi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔho anyame a mo anaa mo agyanom nhuu bi da; anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ! \v 65 Morennya guankɔbea anaa homebea mma mo anantin wɔ saa aman no so. Ɛhɔ na \nd Awurade\nd* bɛma mo adwene a ɛpere, aniwa a ayɛ siamoo ne koma a apa abawa. \v 66 Mo asetena bedi nsensɛnmu daa, na ehu bɛhyɛ mo so anadwo ne awia a munnim nea ɛrekɔ so wɔ mo asetena mu. \v 67 Anɔpa mobɛka se, “Sɛ ɛyɛɛ anwummere a!” Na anwummere nso mobɛka se, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, esiane ehu a ɛbɛhyɛ mo koma amaama ne nea atwa mo ho ahyia a mo ani behu no. \v 68 Na \nd Awurade\nd* bɛma mo atenatena ahyɛn mu asan akɔ Misraim, akwantu a mehyɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ mutu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfo sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo. \c 29 \s1 Apam No Ntimu \p \v 1 Eyinom ne nhyehyɛe a ɛwɔ apam a \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo no nyɛ wɔ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no wɔ Horeb no mu no ho. \p \v 2 Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se: \b \p Moahu nea \nd Awurade\nd* yɛɛ Farao ne ne mpanyimfo ne ne man nyinaa wɔ Misraim no. \v 3 Mo ankasa muhuu sɔhwɛ akɛse, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade akɛse no. \v 4 Nanso de besi nnɛ yi, \nd Awurade\nd* mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ehu ade anaa aso a ɛte asɛm. \v 5 Nanso \nd Awurade\nd* se, mfe aduanan a midii mo anim faa sare so no mu no, mo ntama antetew, na mo mpaboa a ɛhyehyɛ mo anan nso anhwere. \v 6 Moanni brodo, annom nsa anaa nsa a ano yɛ den. Meyɛɛ saa sɛnea mubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no. \p \v 7 Yeduu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso yedii wɔn so. \v 8 Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw no fa sɛ wɔn agyapade. \p \v 9 Ɛno nti, munni saa apam yi so sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yiye. \v 10 Mo nyinaa—mo mmusuakuw mpanyimfo, mo atemmufo, mo ahwɛfo ne Israel mmarima nyinaa, nnɛ mugyina \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim; \v 11 mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔho a wɔte mo mu a wobu mo nnua, soa mo nsu. \v 12 Mugyina ha sɛ mo ne \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, rebɛyɛ apam; apam a \nd Awurade\nd* ne mo reyɛ nnɛ na ɔde ntam resɔw ano \v 13 na wasi so gyinae sɛ nnɛ, moyɛ ne nkurɔfo na ɔno nso bɛyɛ mo Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. \v 14 Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho a, ɛnyɛ mo nko a, \v 15 mo ne yɛn gyina ha nnɛ wɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, anim na mmom, wɔn a wonni ha nnɛ nso ka ho bi. \p \v 16 Mo ankasa munim sɛnea yɛtenaa Misraim ne sɛnea yɛreba ha no yɛfaa aman so besii ha. \v 17 Muhuu akyiwade ahoni a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔ wɔn nkyɛn. \v 18 Monhwɛ yiye sɛ ɔbarima anaa ɔbea anaa abusua biara a ɛwɔ mo mu nnɛ no mu biara koma rennan mfi \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhwɛ sɛ ntin biara nni mo mu a epuw bɔre a ɛyɛ nwen saa. \p \v 19 Sɛ saa onipa no te ntam yi mu nsɛm na ohyira ne ho, na ɔka wɔ ne tirim se, “Me ho sɔnn, ɛmfa ho sɛ menam asoɔden kwan so.” Eyi de atoyerɛnkyɛm bɛba asase a so afɔw ne nea so awo no nyinaa so. \v 20 \nd Awurade\nd* remfa nkyɛ saa onipa no. Nʼabufuw ne ne ninkunu bɛdɛw atia no. Nnome a wɔakyerɛw no saa nhoma yi mu no nyinaa bɛba ne so na \nd Awurade\nd* bɛpepa ne din afi ɔsoro ase. \v 21 \nd Awurade\nd* bɛtwe no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔakyerɛw wɔ saa mmara nhoma no mu no agu ne so. \p \v 22 Mo mma a wɔbɛba wɔ daakye awo ntoatoaso mu no ne wɔn a wofi ahɔho ase a wofi akyirikyiri asase so behu asase no sɛe ne nyarewa a \nd Awurade\nd* de bɛbrɛ asase no. \v 23 Wobehu sɛ, wɔn asase no nyinaa adan sufre ne nkyene a wonnua so hwee, na hwee mfifi wɔ so na ahabammono biara nnyina so, a ɛnyɛ yiye na hwee nso nnyin wɔ so; sare ahaban mpo. Ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a \nd Awurade\nd* sɛee no nʼabufuwhyew mu no. \v 24 Aman a atwa ahyia no bebisa se, “Adɛn nti na \nd Awurade\nd* ayɛ saa asase yi saa? Adɛn nti na ne bo fu dennen saa?” \p \v 25 Na wɔbɛka akyerɛ wɔn se, “Saa asɛm yi sii, efisɛ nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn no, yɛe bere a oyii wɔn fii Misraim asase so no. \v 26 Wɔdan kɔsom anyame afoforo wɔkotow wɔn, anyame a wonnim wɔn, anyame a \nd Awurade\nd* nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom. \v 27 Ɛno nti \nd Awurade\nd* abufuw dɛw tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa baa wɔn so no. \v 28 Abufuwhyew mu, \nd Awurade\nd* tutuu ne nkurɔfo ase fii wɔn asase so twaa wɔn asu de wɔn koguu asase foforo so, sɛnea ɛte mprempren yi.” \p \v 29 Kokoamsɛm yɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn no, dea, nanso nneɛma a wɔda no adi no yɛ yɛn ne yɛn asefo dea daa, sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi saa mmara yi mu nsɛm so. \c 30 \s1 Awurade Nkyɛn Ba Mu Yiyedi \p \v 1 Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so, na mode hyɛ mo koma mu wɔ baabiara a \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛfa mo akɔ, wɔ aman no mu, \v 2 na mo ne mo mma san ba \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, nkyɛn, na mode mo koma ne mo kra nyinaa yɛ osetie ma no sɛnea merekyerɛ mo nnɛ yi a, \v 3 ɛno de, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de mo siade bɛma mo, na wahu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afi amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa so, asan de mo aba. \v 4 Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, efi hɔ no, \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛboaboa mo ano asan de mo aba. \v 5 Ɔde mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom de no so na moafa sɛ agyapade. Ɔbɛma mo adi yiye na moadɔɔso asen mo agyanom. \v 6 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, beyi fi a ɛwɔ mo ne mo asefo koma mu no sɛnea ɛbɛyɛ a mode mo koma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moanya nkwa. \v 7 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, de saa nnome yi nyinaa begu mo atamfo a wɔtaa mo no so. \v 8 Mobɛsan atie, adi \nd Awurade\nd* ahyɛde a mede rema mo nnɛ no nyinaa so. \v 9 \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yiye. Ɔbɛma mo yafunu mu aba asi yiye pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuw mu nnɔbae nso bebu so, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ani begye sɛ ɔbɛma mo adi yiye sɛnea na ɔyɛ mo agyanom no. \v 10 Sɛ mutie \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, nne, na mudi nʼahyɛde ne ne mmara a wɔakyerɛw wɔ saa Mmara Nhoma no mu no so, na mode mo koma ne mo kra dɔ no a, nʼani begye mo yiyedi ho. \s1 Owu Ne Nkwa \p \v 11 Nokware, saa mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi sodi nyɛ den na ɛnyɛ ade a morentumi nyɛ nso. \v 12 Enni ɔsoro a enti mobɛka se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro ama yɛn na wakogye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” \v 13 Saa ara nso na enni po agya a enti mobɛka se, “Hena na obetwa akɔ ɛpo fa nohɔ ama yɛn na wakogye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?” \v 14 Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu sɛ mudi so. \p \v 15 Muntie, nnɛ, mede nkwa ne yiyedi, owu ne ɔsɛe asi mo anim. \v 16 Na Sɛ mutie \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi, nam so dɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, nantew nʼakwan mu, di ne mmara so a, mubenya nkwa na mo ase adɔ, na \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn behyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so. \p \v 17 Nanso sɛ mo koma dan, sɛ moanyɛ osetie, na sɛ wɔtwe mo kɔkotow anyame afoforo, na mosom wɔn a, \v 18 mepae mu ka kyerɛ mo nnɛ sɛ, nea ɛte biara no wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa sɛ agyapade no so nkyɛ. \p \v 19 Nnɛ mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ munyi nea mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ nnansefo. Momfa nkwa sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne mo asefo benya nkwa! \v 20 Monnɔ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, monyɛ osetie mma no, na momfa mo ho mma no, efisɛ ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛ wɔ asase a \nd Awurade\nd* kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo tete agyanom; Abraham, Isak ne Yakob no. \c 31 \s1 Yosua Di Mose Ade \p \v 1 Bere a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo wiee no, \v 2 ɔkaa bio se, “Mprempren madi mfe ɔha ne aduonu, nti merentumi nni mo anim bio. \nd Awurade\nd* aka akyerɛ me sɛ merentwa Asubɔnten Yordan. \v 3 Nanso \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ankasa bedi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte hɔ na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforo a obedi mo anim sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ mo bɔ no. \v 4 \nd Awurade\nd* bɛsɛe aman aman a wɔte asase no so no sɛnea ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo no. \v 5 \nd Awurade\nd* de nnipa a wɔte hɔ no bɛhyɛ mo nsa na ɛsɛ sɛ mo ne wɔn di no sɛnea mahyɛ mo no. \v 6 Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso.” \p \v 7 Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no wɔ Israelfo no nyinaa anim se, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a \nd Awurade\nd* kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. \v 8 \nd Awurade\nd* na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo huammɔ na ɔrennyaw wo nti nsuro na mma wo koma ntu!” \s1 Mmara No Kenkan \p \v 9 Afei, Mose kyerɛw mmara yi too hɔ; ɔde maa Lewifo asɔfo a wɔsoaa \nd Awurade\nd* apam adaka no ne Israel mpanyimfo nyinaa. \v 10 Mose hyɛɛ wɔn se, “Mfe ason biara awiei, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no. \v 11 Israelfo nyinaa nhyia wɔ \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛkyerɛ no, na moakenkan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate. \v 12 Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmea, mmofra ne ahɔho a wɔte mo nkurow so nso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte na wobesua sɛ, ɛsɛ sɛ wosuro \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, na wobedi mmara no so pɛpɛɛpɛ \v 13 na ama wɔn mma a wonnim mmara no ate na wɔasua sɛnea ɛsɛ sɛ wosuro \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, mmere dodow a mote asase a moretwa Yordan akɔfa sɛ agyapade no so.” \s1 Wɔka Israel Asoɔden Ho Asɛm \p \v 14 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Wo wu bere aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ Ahyiae Ntamadan no mu, faako a mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa no.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. \p \v 15 Na \nd Awurade\nd* yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ omununkum fadum mu, na omununkum no gyinaa ntamadan no abobow ano. \v 16 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛrenkyɛ wubewu na woakɔka wʼagyanom ho, na ɛrenkyɛ na saa nnipa yi de wɔn ho bɛma anyame hɔho a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no so no. Wobegyaw me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no so. \v 17 Na saa da no, me bo befuw wɔn na mapo wɔn; mede mʼanim behintaw wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den ahorow pii bɛba wɔn so ama wɔabisa se, ‘So ɛnsɛ sɛ saa ɔhaw yi ba, esiane sɛ Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio no nti?’ \v 18 Saa bere no mede mʼanim behintaw wɔn esiane wɔn bɔne ahorow a wɔayɛ wɔ anyame afoforo a wɔsom no nti. \p \v 19 “Afei, monkyerɛw saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfo no, na wɔnto sɛnea ɛbɛyɛ adansede ama me na mede atia wɔn. \v 20 Mede wɔn bɛba asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wodidi mee yɛ akɛse a, afei, wɔbɛdan wɔn ani akɔsom anyame afoforo apo me, nam so abu mʼapam no so. \v 21 Afei, ɔhaw ne akwanside bebree ba wɔn so a, dwom yi bedi adanse atia wɔn, efisɛ wɔn asefo werɛ remfi da. Minim nea wotumi yɛ koraa ansa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.” \v 22 Enti Mose kyerɛw dwom no guu hɔ saa da no na ɔkyerɛɛ Israelfo no. \p \v 23 Afei, \nd Awurade\nd* hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, efisɛ wo na wode Israelfo no bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so na mʼankasa mɛka mo ho.” \p \v 24 Bere a Mose kyerɛw mmara nsɛm no nyinaa fi mfiase kosii awiei no guu nhoma mu wiei no, \v 25 ɔde saa ahyɛde yi maa Lewifo a na wɔsoa \nd Awurade\nd* apam adaka no: \v 26 “Momfa saa Mmara Nhoma yi nkɔto \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansede a etia Israelfo. \v 27 Efisɛ minim sɛnea moyɛ atuatewfo ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moatew \nd Awurade\nd* so atua. Na me wu akyi no, atua bɛn na morentew! \v 28 Momfrɛ mo mpanyimfo nyinaa ne mo mmusuakuw ntuanofo nyinaa sɛnea metumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanse atia wɔn. \v 29 Minim sɛ me wu akyi no, mobɛsɛe koraa na moaman afi ɔkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmere a ɛreba no, amanehunu bɛba mo so, efisɛ monam bɔne a mobɛyɛ wɔ \nd Awurade\nd* anim no so no bɛhwanyan nʼabufuw.” \s1 Mose Dwom \p \v 30 Enti Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa fi ti kosi ti kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no. \c 32 \q1 \v 1 Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa; \q2 tie, wo asase, nsɛm a efi mʼanom. \q1 \v 2 Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu; \q2 na me nsɛm nsian sɛ obosu, \q1 sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so, \q2 sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so. \b \q1 \v 3 Mɛbɔ \nd Awurade\nd* din. \q2 O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ! \q1 \v 4 Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni, \q2 na nʼakwan nyinaa ye. \q1 Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso, \q2 Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no. \b \q1 \v 5 Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma; \q2 wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo aniwufo. \q1 \v 6 Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua \nd Awurade\nd* ka ni ana, \q2 mo nkwaseafo ne adwenharefo? \q1 Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfo no? \q2 Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinaso? \b \q1 \v 7 Monkae tete nna; \q2 munnwen tete awo ntoatoaso no ho. \q1 Mummisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. \q2 Mummisa mo mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ mo ase. \q1 \v 8 Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade, \q2 na ɔkyekyɛɛ adesamma nyinaa mu no, \q1 ɔtotoo ahye maa nnipa no \q2 sɛnea Israelmma no dodow te. \q1 \v 9 Efisɛ Israelfo yɛ \nd Awurade\nd* kyɛfa; \q2 Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no. \b \q1 \v 10 Ohuu no wɔ sare asase so, \q2 asase kesee a hwee nni so so. \q1 Ɔde no sie hwɛɛ ne so; \q2 ɔbɔɔ ne ho ban sɛ nʼaniwa kurutiayisi, \q1 \v 11 sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw mu \q2 na ɔbɔ mfamfia fa ne mma ho, \q1 na ɔtrɛw ne ntaban mu buma no, \q2 soaa no kɔɔ no. \q1 \v 12 Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan; \q2 na ananafo nyame biara nka ne ho. \b \q1 \v 13 Ɔma no nantew faa asase no nkoko so; \q2 na ɔde mfuw so nnuaba bɔɔ no akɔnhama; \q1 Ɔde ɔbotan mu wo \q2 ne ngo a efi abohemaa mu, \q1 \v 14 nyɛmmoa mu nufusu ne srade, \q2 nguamma ne mmirekyi a wɔadɔ srade, \q1 Basan adwennini a wɔpaw \q2 ne atoko muhumuhu siesiee no. \q1 Monom nsa papa a efi bobe mu. \b \q1 \v 15 Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden; \q2 aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee. \q1 Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam; \q2 wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no. \q1 \v 16 Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no ho \q2 na wɔde wɔn abosom a okyi no hyɛɛ no abufuw. \q1 \v 17 Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn, \q2 anyame a na wonnim wɔn, \q2 anyame a wɔbaa nnansa yi ara, \q2 anyame a na mo agyanom nsuro wɔn. \q1 \v 18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no. \q2 Mo werɛ fii Onyankopɔn a ɔwoo mo no. \b \q1 \v 19 \nd Awurade\nd* huu eyi na ɔpoo wɔn \q2 efisɛ ne mmabarima ne ne mmabea hyɛɛ no abufuw. \q1 \v 20 Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn \q2 na wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛ \q1 Efisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo; \q2 mma a wonni nokware. \q1 \v 21 Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe \q2 na wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw. \q1 Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo. \q2 Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw. \q1 \v 22 Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu, \q2 nea ɛhyew kɔka awufo a wɔwɔ asase ase no. \q1 Ɛbɛsɛe asase ne so nnɔbae \q2 na ɛpaapae mmepɔw fapem. \b \q1 \v 23 “Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn so \q2 na matow me bɛmma awowɔ wɔn. \q1 \v 24 Mede ɔkɔm kɛse, \q2 atiridiinini ne owuyare a ɛsɛe ade; \q1 mɛsoma nkekammoa se aba wɔn so; \q2 nhurutoa a wɔtow si wɔ mfutuma mu no ano bɔre. \q1 \v 25 Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so; \q2 wɔn afi mu, ehu bɛtɔ wɔn so. \q1 Mmerante ne mmabaa, \q2 mmofra ne nkwakoraa ase bɛhyew. \q1 \v 26 Mekae se mɛbɔ wɔn ahwete \q2 na mapepa wɔn din afi nnipa adwene mu. \q1 \v 27 Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi, \q2 anyɛ a na ɔtamfo ante ase aka se, \q1 ‘Yɛn nsa adi nkonim; \q2 Ɛnyɛ \nd Awurade\nd* na ɔyɛɛ eyinom nyinaa.’ ” \b \q1 \v 28 Israel yɛ ɔman a wonni adwene. \q2 Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu. \q1 \v 29 Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase, \q2 na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ! \q1 \v 30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem, \q2 na baanu bɛma mpem du aguan, \q1 gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn \q2 gye sɛ \nd Awurade\nd* ayi wɔn ama. \q1 \v 31 Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan, \q2 sɛnea yɛn atamfo mpo gye to mu no. \q1 \v 32 Wɔn bobe fi Sodom bobe mu \q2 na efi Gomora mfuw mu. \q1 Awuduru ahyɛ wɔn bobe aba mma, \q2 na bɔnwoma ahyɛ wɔn kasiaw amaama. \q1 \v 33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre; \q2 aprammiri ano bɔrewerɛmfo. \b \q1 \v 34 “So menkoraa eyi mmoroso, \q2 na mensɔw ano wɔ mʼademude mu ana \q1 \v 35 Mɛtɔ were; metua so ka. \q2 Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu; \q1 wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛn \q2 na wɔn sɛe taa wɔn.” \b \q1 \v 36 \nd Awurade\nd* bebu ne nkurɔfo atɛn \q2 na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, \q1 bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa, \q2 na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye. \q1 \v 37 Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he, \q2 ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea, \q1 \v 38 anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade \q2 na wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no? \q1 Ma wɔnsɔre mmɛboa mo! \q2 Ma womegye mo! \b \q1 \v 39 “Afei, munhu sɛ, me ara me ne no! \q2 Onyame biara nni hɔ sɛ me! \q1 Me na mikum na mema nkwa: \q2 Me na mipira, na mɛkyekye, \q2 na obi rentumi nnye mfi me nsam. \q1 \v 40 Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ: \q2 Sɛ mete ase daa yi, \q1 \v 41 sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw no \q2 na mifi atemmu mu so mu kuaw a, \q1 mɛtɔ mʼatamfo so were \q2 na matua wɔn a wokyi me ka. \q1 \v 42 Mɛma me bɛmma anom mogya abow, \q2 na mʼafoa adi ɔhonam, \q1 atɔfo ne nnommumfo mogya, \q2 atamfo ntuanofo no ti.” \b \q1 \v 43 Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi, \q2 efisɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were; \q1 ɔbɛtɔ were wɔ nʼatamfo so \q2 na wapata ama nʼasase ne ne nkurɔfo. \p \v 44 Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. \v 45 Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no, \v 46 ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ. \v 47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.” \s1 Mose Wu \p \v 48 Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, \v 49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no. \v 50 Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no. \v 51 Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ. \v 52 Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.” \c 33 \s1 Mose Hyira Mmusuakuw No \p \v 1 Eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo no ansa na ɔrewu: \q1 \v 2 Ose, “\nd Awurade\nd* fi Sinai bae \q2 ofi Seir baa wɔn so; \q2 ɔhran fi Paran bepɔw so. \q1 Ɔde akronkronfo pii bae \q2 fi anafo fam ne mmepɔw nsian so. \q1 \v 3 Nokware ni, wo na wodɔ nnipa no, \q2 akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam. \q1 Wɔn nyinaa kotow wo nan ase, \q2 na wonya nkyerɛkyerɛ fi wo hɔ, \q1 \v 4 mmara a Mose de maa yɛn no; \q2 Yakob nkurɔfo agyapade. \q1 \v 5 Ɔyɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun \q2 bere a nnipa no ntuanofo hyiae, \q2 wɔne Israel mmusuakuw no. \b \q1 \v 6 “Ma Ruben nya nkwa na onwu, \q2 na mma ne nkurɔfo so nhuan.” \p \v 7 Na ɔkaa eyi faa Yuda ho: \q1 “Tie, \nd Awurade\nd*, tie Yuda sufrɛ; \q2 fa no brɛ ne nkurɔfo. \q1 Ɔde nʼankasa nsa bɔ ne ho ban. \q2 Ao, yɛ ne boafo tia nʼatamfo!” \p \v 8 Asɛm a ɔka faa Lewi abusuakuw ho: \q1 “\nd Awurade\nd*, wode ade kronkron \q2 ama wʼasomfo nokwafo Lewifo. \q1 Wosɔɔ wɔn hwɛe wɔ Masa \q2 wɔne wɔn koe wɔ Meriba asu ho. \q1 \v 9 Lewifo tiee wʼasɛm \q2 bɔɔ wʼapam no ho ban. \q1 Wodii wo nokware \q2 sen sɛnea wodii wɔn awofo, \q2 abusuafo ne wɔn mma nokware. \q1 \v 10 Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. \q2 Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfo. \q1 Wɔde aduhuam bɛba wʼanim \q2 Abɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka so. \q1 \v 11 Hyira Lewifo, Ao \nd Awurade\nd* \q2 na ma wɔn nsa ano nnwuma nsɔ wʼani. \q1 Bubu wɔn atamfo; \q2 bɔ wɔn atamfo hwe fam a wɔnsɔre bio.” \p \v 12 Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuw ho: \q1 “Ma \nd Awurade\nd* dɔ nnye ntin wɔ Benyamin nkurɔfo mu, \q2 efisɛ ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa, \q2 na nea \nd Awurade\nd* dɔ no no nhome wɔ ne nwini ase daa.” \p \v 13 Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuw ho: \q1 “\nd Awurade\nd* mfa ne sorosoro bosu a ɛsom bo \q2 ne bun mu nsu a efi asase ase no, \q2 nhyira wɔn nsase. \q1 \v 14 Ɔmfa ne nnepa efi owia mu ba \q2 ne adonne a ebetumi apue afi ɔsram so; \q1 \v 15 ne nnɔbae pa a efi tete mmepɔw mu \q2 ne nea abu so wɔ nkoko a etim hɔ daa mu \q1 \v 16 ne akyɛde a ɛso nni a efi asase ne ne mayɛ mu, \q2 ne adom a efi nea na ɔte nwura a ɛhyew mu no. \q1 Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef ti so, \q2 nea ɔyɛ ne nuanom mu ɔheneba no anintɔn mu. \q1 \v 17 Yosef sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan wɔ ahenni mu. \q2 Ne ahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn. \q1 Ɔde bɛwowɔ aman no, \q2 wɔn a wɔwɔ asase ano no mpo. \q1 Eyinom ne Efraim mpem du du no; \q2 eyinom ne Manase mpempem no.” \p \v 18 Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuw ho: \q1 “Sebulon asefo, munni anigye wɔ mo adifi mu. \q2 Isakar asefo, munni anigye wɔ mo ntamadan mu. \q1 \v 19 Wɔbɛfrɛ nnipa ahorow akɔ bepɔw no so \q2 kɔbɔ trenee afɔre wɔ hɔ; \q1 wobefi po mu adenya mmoroso mu ato pon \q2 afi ademude a ahintaw wɔ nwea mu.” \p \v 20 Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuw ho: \q1 “Nhyira nka obi a ɔtrɛw Gad mantam mu! \q2 Gad te hɔ sɛ gyata \q2 a ɔretetew abasa anaa eti. \q1 \v 21 Gad nkurɔfo paw asase pa no maa wɔn ho; \q2 ɔkannifo kyɛfa na wɔde maa wɔn. \q1 Bere a nkurɔfo no mpanyimfo hyiae no, \q2 wɔyɛɛ \nd Awurade\nd* atɛntrenee apɛde no, \q2 ne nʼatemmu a ɛfa Israelfo ho no.” \p \v 22 Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuw ho: \q1 “Dan yɛ gyata ba a, \q2 ɔrepue afi Basan.” \p \v 23 Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuw ho: \q1 “Naftali wɔ adom bebree \q2 na \nd Awurade\nd* nhyira ayɛ wo ma; \q2 ɔtare no anafo fam bɛyɛ wo kyɛfa.” \p \v 24 Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuw ho: \q1 “Mma no mu nea wɔahyira no koraa ne Aser; \q2 wɔmma ne nuanom mpɛ nʼasɛm, \q2 na ɔmfa ngo nguare nʼanan ase. \q1 \v 25 Wʼapon ho nkyerewa nyɛ dade ne kɔbere mfrafrae; \q2 wʼahoɔden ne wo nkwanna bɛsae so. \b \q1 \v 26 “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Nyankopɔn; \q2 a ɔnam ɔsorosoro ne nʼahenni mu mununkum \q2 so ba bɛboa wo. \q1 \v 27 Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo guankɔbea; \q2 nea ɛwɔ ase no ne abasa a ɛwɔ hɔ daa no. \q1 Ɔbɛpam wʼatamfo afi wʼanim; \q2 ɔbɛka se, ‘Sɛe wɔn!’ \q1 \v 28 Enti, Israel bɛtena ase dwoodwoo; \q2 Yakob benya bammɔ \q1 wɔ asase a atoko ne nsa foforo wɔ so, \q2 faako a ɔsoro bosu gugu. \q1 \v 29 Nhyira nka mo, Israel! \q2 Hena na ɔte sɛ mo, \q2 nnipa a \nd Awurade\nd* agye mo nkwa. \q1 Ɔyɛ mo nkatabo ne boafo \q2 ne mo anuonyam afoa! \q1 Mo atamfo bɛkotow mo anim, \q2 na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea.” \c 34 \s1 Mose Wu \p \v 1 Na Mose fi Moab asase tataw so foro kɔɔ Nebo Bepɔw so, san foroo Pisga a etwa Yeriko. Ɛhɔ na \nd Awurade\nd* kyerɛɛ no asase no nyinaa, efi Gilead kosi Dan; \v 2 Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kosi Ntam Po no ho; \v 3 Negeb; ne nsase a efi Yeriko Bon, ne Mmɛ Kuropɔn no de kosi Soar tɔnn. \v 4 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Mose se, “Eyi ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob se mede bɛma wɔn asefo no. Afei, mama wo de wʼani ahu, nanso worentwa nkɔ so.” \p \v 5 Na Mose, \nd Awurade\nd* somfo no wuu wɔ Moab asase so sɛnea \nd Awurade\nd* kae no. \v 6 Wosiee no wɔ obon bi a ɛne Bet-Peor di nhwɛanim, nanso ebesi nnɛ, obiara nnim faako a ne da wɔ. \v 7 Mose dii mfirihyia ɔha ne aduonu na owui, nanso na nʼani hu ade yiye na ne ho nso yɛ den. \v 8 Israelfo suu no nnafua aduasa wɔ Moab tataw so ara kosii sɛ nʼayiyɛ kɔɔ awiei. \p \v 9 Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom, efisɛ Mose de ne nsa guu ne so. Enti Israelfo yɛɛ osetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ Mose no ara pɛ. \p \v 10 Mose akyi no, odiyifo biara mmaa Israel a \nd Awurade\nd* nim no anim ne anim \v 11 a \nd Awurade\nd* somaa no ma ɔkɔyɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao ne ne mpanyimfo nyinaa wɔ asase no so nyinaa. \v 12 Na obiara nnaa tumi kɛse anaa ahodwiriw nneyɛe adi te sɛnea Mose yɛɛ wɔ Israel nyinaa ani so no.