\id DAN - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Daniel \toc1 Daniel Nhoma \toc2 Daniel \toc3 Dan \mt1 Daniel \mt2 Nhoma \c 1 \s1 Woyi Israelfo Baanan Tetew Wɔn \p \v 1 Yudahene Yehoiakim dii ade ne mfe abiɛsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼasraafo betuaa ɔman no ano. \v 2 \nd Awurade\nd* maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Bere a Nebukadnessar resan akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronne bi fii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosonnan mu koguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so. \p \v 3 Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ne piamfohene Aspenas se, ɔmfa mmerante no bi a wofi Yuda adehye abusua mu, ne wɔn a wofi mmusua atitiriw mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nnommum no mmra ahemfi hɔ, \v 4 mmerante ahoɔdenfo a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhumu, na wɔadom wɔn osuahu mu akyɛde a wonim nyansa, na wɔwɔ nnyinaso bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfi hɔ. Kyerɛ mmerante no Kaldeafo kasa ne ne nhoma. \v 5 Ɔhene no hyɛe sɛ, daa wɔmfa aduan ne nsa a efi ne didipon so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtetew wɔn mfe abiɛsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfo. \p \v 6 Mmerante baanan bi a woyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa fi Yuda abusuakuw mu. \v 7 Piamfohene no de din foforo totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak na ɔtoo Asaria Abednego. \p \v 8 Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduan, nnom nsa a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ piamfohene no sɛ ɔmma no kwan na wangu ne ho fi. \v 9 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa piamfohene no anim adɔe ne mmɔborɔhunu. \v 10 Piamfohene no ka kyerɛɛ Daniel se, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ munni saa aduan yi, na monnom nsa no. Sɛ mofonfɔn na wɔde mo toto mmabun a wɔyɛ mo tipɛnfo no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ matoto mʼadwuma ase.” \p \v 11 Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfo a piamfohene no de no asi ɔno ne Hanania, Misael ne Asaria so no se, \v 12 “Ma yɛn nhabamma ne nsu nnadu, na fa sɔ yɛn hwɛ. \v 13 Afei fa yɛn toto mmerante afoforo no a wɔredi ɔhene nnuan pa no ho, na hwɛ sɛnea yɛte. Ɛno akyi, yɛ wo nkoa sɛnea wuhu.” \v 14 Enti ɔsomfo no penee asɛm a Daniel de too nʼanim no so, sɔɔ wɔn hwɛɛ nnadu. \p \v 15 Nnadu no akyi, wohuu sɛ wɔn anim ayɛ fɛ na wɔwɔ honam sen mmerante a wodii ahennuan no nyinaa. \v 16 Enti ɔsomfo no sii gyinae sɛ ɔbɛtoa so ama wɔn nhabamma nko ara, na wamfa ahennuan amma wɔn. \p \v 17 Na mmerantewa baanan yi Nyankopɔn maa wɔn nhomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehu ne dae nkyerɛase ho nimdeɛ. \p \v 18 Bere a ɔhene no ahyɛ no soe no, ɔpanyin no de mmerante yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar. \v 19 Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasae, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti wɔde wɔn kaa ɔhene no piamfo no ho. \v 20 Asɛm biara a ehia nyansa ne ntease a ɔhene no bisa wɔn no ohu sɛ wɔsen nkonyaayifo ne pɛadeahufo a wɔwɔ nʼaheman mu nyinaa no mpɛn du. \p \v 21 Daniel tenaa hɔ ara kosii ɔhene Kores adedi afe a edi kan mu. \c 2 \s1 Nebukadnessar Daeso \p \v 1 Nebukadnessar adedi mfe abien so, ɔsosoo dae bi ma ɛhaw no ara kosii sɛ, na ontumi nna. \v 2 Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifo, pɛadeahufo, ntafowayifo ne Kaldeafo, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnkyerɛ no dae ko no. Wobegyinaa ɔhene no anim no, \v 3 ɔkae se, “Maso dae bi a ɛhaw me, enti mepɛ sɛ mokyerɛ me dae ko a mesoe no, efisɛ ɛsɛ sɛ mihu.” \p \v 4 Na Kaldeafo no buaa no wɔ Arameike kasa mu se, “Ɔhene nkwa so! Ka dae no kyerɛ yɛn, na yɛbɛkyerɛ ase.” \p \v 5 Nanso ɔhene no ka kyerɛɛ Kaldeafo no se, “Eyi ne gyinae a masi wɔ asɛm yi ho. Sɛ moantumi anka me dae no, na moankyerɛ me ase a, wobetwitwa mo mu asinasin, na wobebubu mo afi, ama afuw wura. \v 6 Na sɛ moka me dae no, kyerɛ me ase a, mɛma mo akyɛde a ɛso bi mmaa da, na mabɔ mo aba so. Monka dae no, na monkyerɛ me ase.” \p \v 7 Wɔkaa bio se, “Yɛsrɛ wo, Nana, ka dae no kyerɛ wʼasomfo, na yɛbɛkyerɛ wo ase.” \p \v 8 Ɔhene no buae se, “Mahu mo nnaadaa no. Mahu sɛ, moretwentwɛn bere no so, na munim gyinae a masi wɔ asɛm a mekae no ho. \v 9 Sɛ moanka dae no ankyerɛ me a, asotwe baako pɛ na ɛda hɔ ma mo. Moapam sɛ mubedi atoro adaadaa me. Mususuw sɛ asɛm no bɛsesa. Monka dae no nkyerɛ me, na ɛbɛma mahu sɛ mubetumi akyerɛ ase.” \p \v 10 Kaldeafo no buaa Ɔhene no se, “Onipa teasefo biara nni hɔ a obetumi akyerɛ wo, Nana, wo dae a woaso no. Na ɔhene biara nso nni hɔ, sɛ ɔkorɔn anaa ne tumi so, a wabisa nkonyaayifo, pɛadeahufo anaa Kaldeafo saa asɛm yi bi pɛn. \v 11 Ɔhene abisade yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a obetumi aka wo dae no gye anyame. Nanso wɔn tenabea nni wiase yi mu.” \p \v 12 Ɔhene no tee saa asɛm no, ne bo fuw yiye, enti ɔhyɛɛ sɛ, wonkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa. \v 13 Na esiane ɔhene no mmaraden sɛ wonkunkum anyansafo no nti, wɔsomaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Daniel ne ne nnamfonom, na wonkunkum wɔn. \p \v 14 Bere a, Ariok a ɔyɛ ɔhene no awɛmfo so panyin baa sɛ ɔrebekum wɔn no, Daniel faa nyansakwan so ne no kasae. \v 15 Daniel bisaa Ariok se, “Adɛn nti na ɔhene hyɛɛ mmara a ano yɛ den saa?” Na Ariok kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ no. \v 16 Daniel kohuu Ɔhene no, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no bere kakra na ɔbɛba abɛkyerɛ dae no ase. \p \v 17 Na Daniel kɔɔ ne fi kɔbɔɔ ne nnamfonom Hanania, Misael ne Asaria amanneɛ faa asɛm a asi no ho. \v 18 Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔnsrɛ ɔsoro Nyankopɔn na ɔnnom wɔn nʼahummɔbɔ sɛnea wɔrenkum wɔn mfra anyansafo nkae a wɔwɔ Babilonia no mu. \v 19 Anadwo no, ɔdaa kokoamsɛm no adi kyerɛɛ Daniel wɔ anisoadehu mu. Na Daniel kamfoo ɔsoro Nyankopɔn \v 20 se, \q1 “Ayeyi nka Onyankopɔn din daa nyinaa, \q2 ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi. \q1 \v 21 Ɔno na ɔsesa mmere ne nnipa nkrabea; \q2 osi ahene, na otu wɔn ade so. \q1 Ɔma anyansafo hu nyansa, \q2 na ɔma nhumu ho nimdeɛ. \q1 \v 22 Ɔda nneɛma a mu dɔ na ɛyɛ nwonwa adi, \q2 na onim nea ahintaw wɔ sum mu; \q1 hann atwa ne ho ahyia. \q1 \v 23 Meda wo ase, kamfo wo mʼagyanom Nyankopɔn, \q2 efisɛ, woama me nyansa ne tumi, \q1 woaka nea yebisaa wo akyerɛ me, \q2 ada nea ɔhene bisae no adi akyerɛ yɛn.” \s1 Daniel Kyerɛ Dae No Ase \p \v 24 Afei Daniel kohuu Ariok a wɔahyɛ no sɛ onkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia no, ka kyerɛɛ no se, “Nkunkum anyansafo a wɔwɔ Babilonia no. Fa me kɔ ɔhene no nkyɛn, na mɛkyerɛ no ne dae no ase.” \p \v 25 Na ntɛm ara, Ariok de Daniel kɔɔ ɔhene no anim kae se, “Mahu nnommum a wofi Yuda no mu baako a ɔbɛkyerɛ wo, Nana, dae no ase.” \p \v 26 Ɔhene no bisaa Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar) no se, “Ɛyɛ nokware? Wubetumi akyerɛ me nea mihuu wɔ me dae no mu na woakyerɛ me ase?” \p \v 27 Daniel buae se, “Nana, anyansafo, pɛadeahufo, nkonyaayifo anaa ntafowayifo biara nni hɔ a wobetumi akyerɛ ahintasɛm a worebisa yi! \v 28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔda kokoamsɛm adi, na wakyerɛ ɔhene Nebukadnessar asɛm a ebesi daakye. Wo dae no ne anisoadehu a bere a woda wo mpa so no wuhui ni: \p \v 29 “Nana, bere a woreda no, wʼadwene kosisii nsɛm bi a ebesisi so. Nea ɔkyerɛ ahintasɛm mu no akyerɛ wo nea ɛrebɛba. \v 30 Na ɛnyɛ sɛ, Nana, minim nyansa kyɛn onipa teasefo biara nti, na mmom Onyankopɔn pɛ sɛ Nana nya ahintasɛm no nkyerɛase na ɔte nea ɛbaa nʼadwene mu no ase. \p \v 31 “Nana, wʼanisoadehu no mu, wuhuu ohoni kɛse bi sɛ ogyina wʼanim a ɔso pa ara na ɛheran hyerɛnn, na ne ho yɛ hu yiye. \v 32 Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ne ti; Dwetɛ na wɔde yɛɛ ne koko ne nʼabasa. Kɔbere na wɔde yɛɛ ne yafunu ne nʼasrɛ. \v 33 Dade na wɔde yɛɛ nʼanan, na wɔde dade ne dɔte a wɔde afra yɛɛ ne nansabon. \v 34 Na, Nana, worehwɛ no, ɔbo bi a nsa biara nkura mu, tew bɛhwee dade ne dɔte nansabon no so, pɛtɛw no pasaa. \v 35 Afei Nana, ohoni mu no nyinaa, a ɛyɛ dade, dɔte, kɔbere, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no nyinaa yam fekɔfekɔ, maa ɛyɛɛ sɛ ahuhurubere mu awiporowbea so ntɛtɛ, maa mframa behuw ne nyinaa kɔe a, hwee anka hɔ. Nanso ɔbo a ɛpem ohoni no hwee fam no dan bepɔw kɛse a ɛkataa asase nyinaa so. \p \v 36 “Nana, dae no ni o, afei, yɛrebɛkyerɛ wo ase. \v 37 Nana, woyɛ ahene bebree so hene. Ɔsoro Nyankopɔn ayɛ wo ahene mu hene, ama wo tumi, ahoɔden ne anuonyam. \v 38 Ɔde wiase nnipa, mmoa a wɔwɔ wuram ne nnomaa a wotu ahyɛ wo nsa. Baabiara a wɔwɔ no, wɔayɛ wo wɔn sodifo. Wo na woyɛ saa sikakɔkɔɔ ti no. \p \v 39 “Na wʼahenni aba nʼawiei akyi no, ahemman a ɛnto wo de no bɛsɔre abesi wʼanan mu. Sɛ saa ahemman no gu a, ahemman kɛse foforo a ɛto so abiɛsa a kɔbere yafunu ne asrɛ no gyina hɔ ma no no bɛsɔre adi wiase so. \v 40 Nea ebedi saa ahemman no akyi no, ɛbɛyɛ ahemman a ɛto so anan a so na ahoɔden wɔ te sɛ dade. Saa ahemman no bebubu, ayam aman a adi kan no nyinaa te sɛnea dade bubu yam biribiara a ɛne no hyia no. \v 41 Nana, sɛnea wuhu sɛ nansabon ne nansoaa yɛ dade ne dɔte a adi afra no kyerɛ sɛ, saa ahemman yi mu bɛkyekyɛ. \v 42 Nʼafaafa bi bɛyɛ den sɛ dade, na bi ayɛ mmerɛw sɛ dɔte. \v 43 Saa dade ne dɔte mfrafrae no san kyerɛ sɛ, saa ahemman no bɛyɛ nnipa ahorow a wɔadi afra a wontumi nka wɔn ho mmɔ mu sɛnea dade ne dɔte ntumi nni afra no. \p \v 44 “Saa ahemfo no adedi mu no, Ɔsoro Nyankopɔn bɛbɔ ahemman bi atenase a ɛrensɛe da; na obiara renni so da. Ebedwiriw ahemman ahorow yi nyinaa de wɔn aba awiei, na ɛno de, ebegyina afebɔɔ. \v 45 Ɔbo no a nsa biara nkura mu na etwa fii bepɔw no so a ɛyam dade, kɔbere, dɔte, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mfrafrae ohoni no gyina hɔ ma saa ɔman no. \p “Onyankopɔn kɛse akyerɛ Nana, nea ɛbɛba daakye. Dae no yɛ nokware, na ne nkyerɛase yɛ kann.” \s1 Nebukadnessar Bɔ Daniel Aba So \p \v 46 Ɔhene Nebukadnessar bɔɔ ne mu ase wɔ Daniel anim, som no, na ɔhyɛɛ ne manfo se, wɔmfa afɔrebɔde mmra, na wɔnhyew aduhuam wɔ nʼanim. \v 47 Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel se, “Nokware, wo Nyankopɔn yɛ Nyankopɔn wɔ anyame mu; ɔyɛ \nd Awurade\nd* wɔ ahene so ahintasɛm mu kyerɛfo, efisɛ wo na woatumi akyerɛ saa kokoamsɛm yi mu.” \p \v 48 Afei, ɔhene no maa Daniel dibea a ɛkorɔn yiye san yɛɛ no ayɛ a ɛsom bo yiye. Ɔmaa Daniel hwɛɛ Babilonia amantam no nyinaa so, na ɔde no sii nʼanyansafo no nyinaa so hene. \v 49 Daniel ka ma wɔyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego, Babilonia asase no so ahwɛfo, na Daniel yɛɛ ɔsomfo wɔ ɔhene aban mu. \c 3 \s1 Nebukadnessar Yɛ Sikakɔkɔɔ Ohoni \p \v 1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw nso yɛ anammɔn akron. Wɔde sii Dura tataw so wɔ Babiloniaman mu. \v 2 Afei ɔde nkra kɔmaa ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo se, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no afahyɛ ase. \v 3 Bere a ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo no behyiae sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ adi no, wobegyinagyinaa ohoni no anim. \p \v 4 Na wɔbɔɔ dawuru teɛɛ mu se, “Nnipa ahorow ne aman ahorow ne kasa ahorow nyinaa muntie nea ɔhene ahyɛ sɛ monyɛ! \v 5 Sɛ mote abɛn, odurugya, sanku, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, monkotow fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no. \v 6 Obiara a wankotow fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw wɔ mu framfram mu.” \p \v 7 Enti bere a wɔtee abɛn, odurugya sanku, sankuten, sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, nnipa no nyinaa ne aman ahorow ne wɔn a wɔka kasa ahorow nyinaa kotow fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no. \p \v 8 Nanso Kaldeafo no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa faa Yudafo no ho se, \v 9 “Nana wo nkwa so! \v 10 Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfo se, obiara te abɛn, odurugya sanku, sanbuka sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, ɔnkotow fam, na ɔnsɔre sika ohoni no, \v 11 na obiara a wantie ankɔtow ansɔre ohoni no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw framfram wɔ mu no mu. \v 12 Nanso Nana, Yudafo bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtiaa, na wɔansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no.” \p \v 13 Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuw yiye, na ɔhyɛe se, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn bae no, \v 14 Nebukadnessar bisaa wɔn se, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokware sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ honi a mede asi hɔ no? \v 15 Mɛma mo kwan bio. Sɛ mote abɛn, odurugya sanku, sanbuka sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, na mokotow fam, na mosɔre ohoni a mayɛ no a, na me ne mo nni asɛm biara. Na sɛ mopo a, wɔbɛtow mo agu fononoo a ogya redɛw wɔ mu no mu prɛko pɛ. Sɛ ɛba saa a, nyame bɛn na obetumi agye mo afi me tumi ase?” \p \v 16 Sadrak, Mesak ne Abednego buae se, “Nana Nebukadnessar, yennye nni sɛ ho hia sɛ yeyi yɛn ho ano wɔ wʼanim. \v 17 Sɛ wɔtow yɛn gu fononoo a ogya redɛw wɔ mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no begye yɛn. Nana, obegye yɛn afi wo tumi ase. \v 18 Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte ase sɛ, sɔre de, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no da biara da.” \s1 Wɔde Mmerante Baasa Gu Fononoo Gyatannaa Mu \p \v 19 Nebukadnessar bo fuw Sadrak, Mesak ne Abednego yiye, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no gya no hyew no nnɔ mmɔho ason. \v 20 Afei ɔhyɛɛ nʼasraafo mu mmarima ahoɔdenfo pa ara no bi sɛ, wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego, na wɔntow wɔn ngu fononoo no mu gyatannaa no mu. \v 21 Enti wɔkyekyeree saa nkurɔfo yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntade, wɔn mmotiri ne wɔn ntama papee, tow wɔn guu fononoo gya a ɛredɛw no mu. \v 22 Na esiane ɔhene no abufuwtraso ne ɔhyɛ a ama fononoo no adɔ hyerehyere mmoroso no nti, asraafo a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego regu fononoo no mu no wuwuu wɔ ogyatannaa no ano. \v 23 Na Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn papee no hwehwee ogya fononoo a ɛredɛw no mu. \p \v 24 Nebukadnessar gu so rehwɛ no, prɛko pɛ, ohuruw teɛɛ mu ahodwiriw so guu nʼafotufo no so se, “Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyee wɔn tow wɔn guu fononoo no mu?” \p Wobuae se, “Yiw, Nana, yɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.” \p \v 25 Nebukadnessar teɛɛ mu se. “Monhwɛ! Mihu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Ogyatannaa no nhyew wɔn. Onipa a ɔto so anan no te sɛ anyame ba bi!” \p \v 26 Na Nebukadnessar twiw bɛn fononoo a ogya redɛw wɔ mu no pon ano, sɛnea obetumi, teɛɛ mu se, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Nyankopɔn asomfo, mumfi mmra! Mommra ha!” \p Ɛno nti, Sadrak, Mesak ne Abednego fii ogya no mu bae. \v 27 Afei, ahenemma, mpanyimfo, amradofo ne afotufo betwaa wɔn ho hyiae, na wohuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tinwi mpo ho anka. Na wɔn ntade anhyew. Na wusiw mpo mmɔn wɔn ho. \p \v 28 Afei Nebukadnessar kae se, “Ayeyi nka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn. Ɔsomaa ne bɔfo, ma wobegyee nʼasomfo a wogye no di no. Wobuu me, ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam mae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara, gye wɔn Nyankopɔn. \v 29 Ne saa nti, merehyɛ saa mmara yi sɛ ɔman, nkurɔfo ne kasa ahorow nyinaa mu, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, ampa ara wobetwitwa wɔn mu asinasin na wɔadwiriw wɔn afi ama adan wura. Nyame biara nni hɔ a obetumi agye nkwa sɛɛ yi.” \p \v 30 Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yiye wɔ Babiloniaman mu. \c 4 \s1 Dua Ho Daeso \p \v 1 Ɔhene Nebukadnessar, \pmo de saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahorow a ɛwɔ wiase se: \pmo Ensi mo yiye mmoroso! \pm \v 2 Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ ama me. \qm1 \v 3 Hwɛ sɛnea ne nsɛnkyerɛnne yɛ kɛse fa! \qm2 Na hwɛ sɛnea tumi a ɛwɔ nʼanwonwade no mu so fa! \qm1 Nʼahenni yɛ daa ahenni; \qm2 ne tumi teɛ kɔ awo ntoatoaso nyinaa so. \pm \v 4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfi, midi me ho so na me koma tɔ me yam. \v 5 Nanso mesoo dae bi a, ɛbɔɔ me hu yiye. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehu a minyaa no hunahunaa me. \v 6 Ɛno nti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me dae no ase. \v 7 Bere a nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo no bae no, mekaa dae no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase. \v 8 Akyiri no, Daniel (a wɔtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, efisɛ, na anyame kronkron no honhom wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa dae no kyerɛɛ no. \v 9 Meka kyerɛɛ no se, Beltesasar, nkonyaayifo panyin, minim sɛ, anyame kronkron no honhom wɔ wo mu, ɛno nti, ɛnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me dae no ni, kyerɛ me ase. \v 10 Bere a meda me mpa so no, dae a mesoe ne sɛ, mihuu dua bi a esi asase mfimfini a ɛware tenteenten. \v 11 Dua no nyin yɛɛ dutan kɛse na ne tenten koduu soro, a wuhu no asase so baabiara. \v 12 Na ne nhaban yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ, na asow aba bebree, na so wɔ aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso yɛ wɔn berebuw wɔ ne mman mu. \pm \v 13 “Meda me mpa so no, mihuu ɔbɔfo kronkron bi a ofi ɔsoro reba fam wɔ mʼanisoadehu no mu. \v 14 Ɔbɔfo no teɛɛ mu se, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Porow ne nhaban no, na tow nʼaba no pete. Pam mmoa no fi ne nwini ase, na pam wim nnomaa no fi ne mman so. \v 15 Nanso gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. \pm “ ‘Afei, ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram. \v 16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so. \pm \v 17 “ ‘Asomafo asi gyinae dedaw; na akronkronfo abu atɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ateasefo nyinaa bɛte ase sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, sɛ ɔyɛ onipa teta.’ \pm \v 18 “Beltesasar, saa dae yi na me, Ɔhene Nebukadnessar soe. Afei kyerɛ me ase, efisɛ anyansafo a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me ase. Na wo de, wubetumi akyerɛ me, efisɛ anyame kronkron honhom no wɔ wo mu.” \s3 Daniel Kyerɛ Dae No Ase \pm \v 19 Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar no) tee dae no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwiriw no na nʼadwene mu haw no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Beltesasar, mma dae no ne ne nkyerɛase mmɔ wo hu.” \pm Beltesasar buae se, “Eyi de, Nana, anka dae no ne ne nkyerɛase no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfo so! \v 20 Nana, wuhuu dua bi a enyin yɛɛ dutan kɛse a ne tenten koduu soro, na wuhu no asase nyinaa so. \v 21 Na ne nhaban yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ a asow aba bebree, na so wɔ aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso yɛ wɔn berebuw wɔ ne mman mu. \v 22 Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Efisɛ, woanya nkɔso, ahoɔden ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kodu ɔsoro, na wʼadedi no kɔ akyirikyiri kodu asase ano. \pm \v 23 “Afei, Nana, wuhuu ɔbɔfo kronkron a ofi ɔsoro reba fam, na ɔreka se, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. Afei ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.’ \pm \v 24 “Dae no nkyerɛase ni, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no ni. \v 25 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Wobɛwe sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo fɔkyee. Mfe ason betwa wo ti so akosi sɛ, wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ. \v 26 Hyɛ a wɔhyɛ ma wogyaw dunsin no ne ne ntin no wɔ asase mu no kyerɛ sɛ, sɛ wuhu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, wo nsa bɛsan aka wʼahenni. \v 27 Ne saa nti, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotu. Gyae bɔneyɛ, na yɛ nea ɛteɛ. Gyae wʼatirimɔdensɛm na yɛ ahummɔbɔ ma ahiafo, na twe wo ho fi wo tete amumɔyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yiye.” \pm \v 28 Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so. \v 29 Asram dumien akyi a na ɔretu mpase wɔ ahemfi no abansoro atifi wɔ Babilonia no, \v 30 ɔtoo nʼani, hwɛɛ kurow no mu, na ɔkae se, “Ɛnyɛ Babilonia kurow kɛse a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenae de ahyɛ mʼahenni anuonyam ni ana?” \pm \v 31 Bere a ogu so reka saa nsɛm no, nne bi fi ɔsoro bae se, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, nea wɔahyɛ ato hɔ ama wo ni: Wɔagye wʼahenni tumi no afi wo nsam. \v 32 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu. Wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Na wobɛwe sare te sɛ nantwi. Mfe ason betwa wo ti so kosi sɛ wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no di wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.” \pm \v 33 Amono mu hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpam Nebukadnessar fii nnipa mu. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee. Ɔtenaa saa tebea no mu kosii sɛ, ne tinwi yɛɛ atenten te sɛ ɔkɔre ntakra, na nʼawerɛw yɛɛ sɛ anomaa awerɛw. \b \pm \v 34 Saa bere yi twaa mu no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metrontrom nea ɔte ase daa no yii no ayɛ se: \qm1 Ne tumi yɛ daa tumi, \qm2 Na nʼahenni teɛ kɔ awo ntoatoaso nyinaa so. \qm1 \v 35 Asase so nnipa nyinaa, \qm2 wommu wɔn hwee. \qm1 Ɔde ɔsoro tumi yɛ nea ɔpɛ biara. \qm2 Na nnipa a wɔwɔ asase so \qm1 mu biara ntumi nsiw no kwan \qm2 anaa ommisa no se, “Dɛn na woayɛ yi?” \pm \v 36 Bere a mʼani baa me ho so no, bere koro no mu ara na me nidi ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me man no anuonyam no bae. Mʼafotufo ne mʼabirɛmpɔn hwehwɛɛ me, na wɔsan de me sii mʼahenni so bio, na mʼanuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛn kan no. \v 37 Afei me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene anuonyam, de nidi ma no. Ne nneyɛe nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokware, na obetumi abrɛ ahantanfo ase. \c 5 \s1 Ɔfasu Ho Nkyerɛw \p \v 1 Mfe bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too pon kɛse maa ne mpanyimfo apem, na ɔne wɔn nom nsa. \v 2 Bere a nsa no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛe sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase fii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛnea ɔne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom bɛnom mu nsa. \v 3 Enti ɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase fii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no bae, na ɔhene no ne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom nom mu nsa. \v 4 Wɔrenom nsa no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, dua ne abo ayɛ no. \p \v 5 Amono mu hɔ no ara, wohui sɛ, onipa nsateaa rekyerɛw ɔhene ahemfi fasu no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛrekyerɛw no, \v 6 na ehu maa nʼanim danee. Sɛnea ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka bobɔɔ mu, na ne nan mu yɛɛ mmrɛw. \p \v 7 Ɔhene no teɛɛ mu frɛɛ se wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafo yi se, “Obiara a obetumi akenkan nkyerɛw yi, akyerɛ me ase no, wobefura no ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.” \p \v 8 Nanso ɔhene no anyansafo no bae no, wɔn mu biara antumi ankenkan nkyerɛw no, ankyerɛ ase amma ɔhene no. \v 9 Enti ɛmaa ɔhene no ho yeraw no yiye, na nʼanim sesae. Nʼabirɛmpɔn nso ho yeraw wɔn. \p \v 10 Na bere a Ɔhemmea no tee ɔhene ne ne mpanyimfo nteɛteɛmu no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontodan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar se, “Nana nkwa so! Nana, nsuro na mma wʼanim nsesa! \v 11 Ɔbarima bi wɔ wʼahenni mu ha a ɔwɔ anyame kronkron honhom wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedi mu no, wohuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ ntease nhumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panyin wɔ nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo so wɔ Babilonia. \v 12 Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne ntease ahyɛ no ma. Otumi kyerɛ dae ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsan mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo nkyerɛw no ase.” \p \v 13 Enti wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no se, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo fii Yuda bae no? \v 14 Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame honhom wɔ wo mu, na ntease, nhumu ne nyansa ahyɛ wo ma. \v 15 Wɔde anyansafo ne pɛadeahufo baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan nkyerɛw a egu ɔfasu yi ho yi na wɔnkyerɛ me ase, nanso wɔantumi. \v 16 Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase; na wosan nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wutumi kenkan nkyerɛw a ɛwɔ ɔfasu yi ho na wokyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban begu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman yi mu.” \p \v 17 Daniel buaa ɔhene no se, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛde no ntena hɔ na fa wʼabasobɔde no ma obi foforo. Nanso, Nana, mɛkenkan nkyerɛw no, na makyerɛ wo ase. \p \v 18 “Nana, Ɔsorosoro Nyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, anuonyam ne nidi. \v 19 Ɔyɛɛ no kɛse ara kosii sɛ, nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara du nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Okunkum wɔn a ɔpɛ sɛ okunkum wɔn, na ogyaa wɔn a ɔpɛ sɛ ogyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn anuonyam no anuonyam, na wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase. \v 20 Nanso ahomaso maa ne koma ne nʼadwene yɛɛ den no, woyii no fii nʼahengua so, sii no fam, gyee nʼanuonyam no. \v 21 Wɔpam no fii nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wuram mmoa tenae. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee kosii sɛ, afei ohui sɛ, sɛɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn na odi wiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na oyi obi a ɔpɛ ma odi so. \p \v 22 “Nanso wo, ne ba Belsasar, wunim eyinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase. \v 23 Woama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a esisi wʼanim a wɔfa fii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitiriw ne wo yerenom ne wo mpenanom anom mu nsa, bere a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dade, dua ne ɔbo anyame a wonhu ade, na wɔnnte asɛm, na wonnim hwee koraa no. Na moamfa nidi amma Onyankopɔn a okura mo nkwa na odi mo nkrabea so no. \v 24 Ne saa nti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛkyerɛw nkra yi. \p \v 25 “Nkra a, ɛkyerɛwee ni: \pc Mene, Mene, Tekel, Parsin. \p \v 26 “Saa nsɛm yi nkyerɛase ni: \p “ ‘Mene’ nkyerɛase ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahenni nna a aka na watwa so de aba nʼawiei. \p \v 27 “ ‘Tekel’ nkyerɛase ne: wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no. \p \v 28 “ ‘Parsin’ nkyerɛase ne: wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahenni mu ama Mediafo ne Persiafo.” \p \v 29 Afei Belsasar ma wofuraa Daniel ɔtamkɔkɔɔ a ɛyɛ adehye abasobɔde, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no sɛ, ɔman sodifo a ɔto so abiɛsa wɔ ahemman no mu. \p \v 30 Saa anadwo no ara, wokum Babiloniahene Belsasar. \v 31 Na Dario a ofi Mede faa ahenni no, na wadi mfirihyia aduosia abien. \c 6 \s1 Daniel Da Gyata Amoa Mu \p \v 1 Ɛsɔɔ Ɔhene Dario ani sɛ ɔbɛpa ahenemma ɔha ne aduonu de wɔn atuatua amantam a ɛwɔ ahemman no mu no ano. \v 2 Ɔhene no san yii Daniel ne afoforo baanu bi sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛnea wɔbɛtoto nneɛma yiye, na ɔhene no ammɔ ka. \v 3 Na Daniel daa ne ho adi sɛ onim de wɔ mpanyimfo ne ahenemma no mu, ɛno nti, Ɔhene yɛɛ nhyehyɛe sɛ, ɔde no besi ɔman no nyinaa so panyin. \p \v 4 Ɛyɛɛ saa maa mpanyimfo no ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammui no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomso biara, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo. \v 5 Na mmarima no kae se, “Yɛrennya Daniel yi ho asɛmmɔne biara gye sɛ yehu biribi a ɛfa ne nyamesom ho de sum no afiri.” \p \v 6 Enti mpanyimfo no ne ahenemma no kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nana wo nkwa so! \v 7 Yɛn mpanyimfo, ahenemma, afotufo ne mpanyimfo a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a edi anim yi, obiara nni ho kwan sɛ ɔbɛbɔ mpae akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu. \v 8 Ɛno nti, Nana, kyerɛw na fa wo nsa hyɛ saa mmara yi ase, sɛnea Mediafo ne Persiafo mmara a wontumi nsesa no no te.” \v 9 Ɛno nti, ɔhene Dario kyerɛw mmara no. \p \v 10 Na Daniel tee sɛ wɔde nsa ahyɛ mmara no ase no, ɔkɔɔ fie kɔhyɛn nʼabansoro dan a ne mfɛnsere anim kyerɛ Yerusalem no. Da biara obuu nkotodwe bɔɔ mpae mprɛnsa daa ne Nyankopɔn ase sɛnea ɔyɛ daa no. \v 11 Mpanyimfo no nyinaa bɔɔ mu kɔɔ Daniel fi kohuu no sɛ ɔrebɔ mpae resrɛ Onyankopɔn mmoa. \v 12 Enti wɔsan kɔɔ Ɔhene Dario no nkyɛn kɔkaee no ne mmara no se, “Nana, woamfa wo nsa anhyɛ mmara a ɛka se adaduasa a edi anim yi, obiara a ɔbɛbɔ obi mpae, onyame anaa onipa na ɛnyɛ Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu no ana?” \p Ɔhene no buae se, “Yiw, saa mmara no wɔ hɔ; ɛyɛ Mediafo ne Persiafo mmara a, wɔrentumi nsesa no.” \p \v 13 Afei wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nana, Daniel no a ɔyɛ Yuda nnommum no mu baako no mmu wo, na onni wo mmara no nso so. Ɔda so bɔ ne Nyankopɔn mpae mprɛnsa da koro.” \v 14 Ɔhene no tee saa no, ɛhaw no yiye, na osusuw ho ara kosii anwummere pɛɛ, ɔkwan bi a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa. \p \v 15 Mmarima yi bɔɔ mu kɔɔ ɔhene no anim kɔka kyerɛɛ no se, “Nana, nidi mu, wunim sɛ, Mediafo ne Persiafo mmara mu no, wontumi nsesa mmara biara a ɔhene ahyɛ.” \p \v 16 Ɔhene Dario hyɛe se, wɔnkɔfa Daniel, na wɔntow no nkyene gyata amoa no mu. Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Daniel, ma wo Nyankopɔn a wosom no daa no, nnye wo.” \p \v 17 Wɔde bo bɛtoo amoa no ano. Na Ɔhene no de nʼankasa nsɔwano ne atitiriw nsɔwano susoo ɔbo no sɛnea obiara rentumi nyɛ Daniel ho hwee. \v 18 Afei ɔhene no san kɔɔ nʼahemfi a anadwo no nyinaa, wannidi. Ɔpoo anigyede biara, na wantumi anna anadwo mu no nyinaa. \p \v 19 Ade kyee anɔpatutuutu no, ɔhene no yɛɛ ntɛm kɔɔ gyata amoa no ano. \v 20 Oduu hɔ no, ɔde awerɛhow frɛe se, “Daniel, Onyankopɔn teasefo somfo. Wo Nyankopɔn a wosom no daa no tumi gyee wo fii gyata no mu ana?” \p \v 21 Daniel teɛɛ mu se, “Nana wo nkwa so! \v 22 Me Nyankopɔn somaa ne bɔfo bɛkataa gyata no ano, sɛnea wɔrentumi nyɛ me bɔne, efisɛ wahu sɛ, midi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara ɛ.” \v 23 Ɔhene no ani gyee mmoroso, na ɔhyɛɛ sɛ wonyi Daniel mfi amoa no mu, enti wuyii no. Wɔanhu kam biara wɔ ne ho, efisɛ ɔde ne ho too ne Nyankopɔn so. \v 24 Afei ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔnkɔkyere mmarima a wɔnam ntwatoso so ma wɔde Daniel kɔtoo gyata amoa mu no. Ɔma wɔtow wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma guu gyata amoa no mu. Gyata no huruhuruw sisii wɔn so, tetew wɔn, bobɔɔ wɔn nnompe mu ansa koraa na wɔredu amoa no ase. \p \v 25 Afei Ɔhene Dario de nkra yi kɔmaa nnipa ahorow nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara wɔ wiase mmaa nyinaa se: \pmo “Ensi mo yiye mmoroso! \pm \v 26 “Mehyɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ mʼaheman mu suro, fɛre na ɔde nidi ma Daniel Nyankopɔn. \qm1 “Ɔno na ɔyɛ Ɔteasefo Nyankopɔn \qm2 na ɔwɔ hɔ daa. \qm1 “Nʼahenni rensɛe da biara da. \qm2 Na ne tumi to rentwa da. \qm1 \v 27 “Ɔyɛ amanehunu mu gyefo na ogye nkwa nso; \qm2 ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, \qm2 wɔ ɔsoro ne asase so. \qm1 “Ɔno na wagye Daniel \qm2 afi gyata no nsam.” \p \v 28 Enti Daniel kɔɔ so dii yiye wɔ Ɔhene Dario ne Persiahene Kores mmere so. \c 7 \s1 Mmoa Anan Ho Daeso \p \v 1 Ɔhene Belsasar adedi afe a edi kan wɔ Babilonia mu no, Daniel soo dae, nyaa anisoadehu ahorow, bere a ɔda ne mpa so no. Ɔkyerɛw dae no mu nsɛm titiriw too hɔ. \p \v 2 Daniel kae se, “Mʼanisoadehu no mu saa anadwo no, mihuu ɔsoro mframa anan a ɛrebobɔw fa po kɛse no so. \v 3 Afei mmoa akɛse anan bi pue fii po no mu a ɛsono wɔn mu biara bɔbea. \p \v 4 “Na aboa a odi kan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔre ntaban. Mehwɛɛ no ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔpagyaw no ma ogyinaa ne nan abien so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwene. \p \v 5 “Afei mihuu aboa a ɔto so abien a na ɔte sɛ sisi. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfe mparow abiɛsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no se, ‘Sɔre na we nam a wubetumi!’ \p \v 6 “Eyi akyi no, mihuu aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban anan a ɛte sɛ nnomaa ntaban a etuatua nʼakyi. Saa aboa yi wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi kɛse. \p \v 7 “Eyi akyi no, mʼanisoadehu anadwo no, mihuu aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu yiye, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛse a ɛyɛ dade na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn no na wawe, na afei ɔde ne nʼanan tiatia nkae no so. Ɔda nsow koraa wɔ mmoa nkae no mu. Na ɔwɔ mmɛn du. \p \v 8 “Bere a migu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforo bi puee wɔ mmɛn dedaw no ntam, na etutuu mmɛn dedaw no mu abiɛsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so. \p \v 9 “Migu so rehwɛ no, \q1 “mihui sɛ, wɔde nhengua besisii hɔ, \q2 na Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no bɛtenaa ase. \q1 Na nʼatade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; \q2 na ne tinwi hoa sɛ oguan nwi. \q1 Nʼahengua dɛw sɛ ogyatannaa \q2 na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram. \q1 \v 10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten \q2 sen fii nʼanim bae. \q1 Abɔfo mpempem kotow no, \q2 na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. \q1 Baguafo no tenaa ase, \q2 na wofii ase buebuee nhoma mu. \p \v 11 “Na mekɔɔ so hwɛe, efisɛ na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛɛ ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔtow no kyenee ogyatannaa a ɛredɛw framfram no mu. \v 12 Mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi fii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛe kakra. \p \v 13 “Anadwo a minyaa mʼanisoadehu no, mehwɛ huu obi te sɛ onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no, wodii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. \v 14 Wɔmaa no tumi, anuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahorow nyinaa som no. Nʼahenni yɛ daa ahenni a to rentwa da. Nʼaheman yɛ nea wɔrensɛe no da.” \s1 Wɔkyerɛ Dae No Ase \p \v 15 “Me, Daniel, nea mihuu no nyinaa haw me wɔ honhom mu, na mʼanisoadehu no bɔɔ me hu. \v 16 Enti, mekɔɔ wɔn a wogyinagyina hɔ no mu baako hɔ, kobisaa no saa nneɛma no nyinaa ase. \p “Ɔkyerɛɛ me ase se: \v 17 ‘Saa mmoa akɛse anan yi gyina hɔ ma ahemman anan a wɔbɛsɔre wɔ asase so. \v 18 Nanso Ɔsorosoroni no ahotefo no begye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’ \p \v 19 “Afei mepɛɛ sɛ mihu aboa a ɔto so anan no a na ɔda nsow wɔ nkae no mu no nkyerɛase. Na ne ho yɛ hu yiye, na ɔde ne se a ɛyɛ dade ne nʼawerɛw a ɛyɛ kɔbere no tetew mmoa a ɔkyere wɔn no we no, na afei ɔde ne nan tiatia nkae no so. \v 20 Afei mepɛɛ sɛ mete mmɛn du a na etuatua ne ti ho ne nea epuee akyi no ase. Ɛbɛsɛee nea na ɛwɔ hɔ dedaw no mu abiɛsa, na eyi yɛ abɛn a edi mu kyɛn nkae no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so no. \v 21 Mehwɛɛ no, na saa abɛn yi atu atreneefo no so sa redi wɔn so nkonim, \v 22 kosii sɛ, Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no ba bebuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefo no dii bem. Afei bere duu sɛ wɔfa ahemman no. \p \v 23 “Afei ɔkyerɛɛ me ase se, ‘Saa aboa a ɔto so anan yi yɛ ahemman a ɛto so anan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nsow wɔ ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasin. \v 24 Ne mmɛn du no yɛ ahemfo du a wobefi saa ahemman no mu. Afei ɔhene foforo bɛsɔre a ɔda nsow wɔ du a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu baasa ase. \v 25 Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefo no so. Ɔbɛbɔ mmɔden sɛ, ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahorow ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase akosi mmere bi. \p \v 26 “ ‘Nanso baguafo bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora. \v 27 Afei wɔde ahenni ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ nheman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefo, Ɔsorosoroni no nkurɔfo. Na nʼaheman bɛtena hɔ daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ osetie ama no.’ \p \v 28 “Asɛm no awiei ni. Me, Daniel, mʼadwennwene yi haw me yiye na mʼanim sesae, na mede saa nsɛm yi siee me koma mu.” \c 8 \s1 Odwennini Ne Ɔpapo Ho Anisoadehu \p \v 1 Ɔhene Belsasar adedi mfe abiɛsa so, me, Daniel, minyaa anisoadehu foforo bi a na edi nea ada ne ho adi akyerɛ me dedaw no akyi. \v 2 Mʼanisoadehu mu no, mihuu sɛ na mewɔ Susa abanwa a ɛwɔ Elam mantam no mu; na mʼanisoadehu mu no, na mewɔ Asuka Ulai ho. \v 3 Memaa mʼani so no, mihuu Odwennini a ɔwɔ mmɛn atenten abien na ogyina suka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sen baako, nanso nea ɛware no, akyiri no, enyinii. \v 4 Mehwɛɛ Odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔe, atifi ne anafo fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a obetumi agye obi foforo afi ne nsam. Ɔyɛɛ nea ɔpɛ, na ɔyɛɛ ɔkɛse. \p \v 5 Bere a migu so redwen eyi ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛse bi a etua nʼani abien no ntam pue fii atɔe fam, twaa mu faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam. \v 6 Ɔde nʼani kyerɛɛ Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no a mihuu sɛ na ogyina suka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ ne so. \v 7 Ɔpapo no sii ntɔkɔnan a emu yɛ den, na ɔpem Odwennini no bubuu ne mmɛn abien no. Odwennini no yɛɛ mmerɛw na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfi ne nsam. \v 8 Ɔpapo no bɛyɛɛ oniɔdenfo kɛse. Nanso, nʼaniɔden no duu ne mpɔmpɔnso no, nʼabɛn kɛse no bui, na nʼanan mu no, mmɛn akɛse anan fifii a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa anan no so. \p \v 9 Abɛn foforo bi puee wɔ mmɛn akɛse no mu baako ho. Efii ase kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛse kɔɔ anafo ne apuei fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so. \v 10 Enyinii ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotow asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma guguu fam, tiatiaa wɔn so. \v 11 Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho ɔkɛse sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ogyee daa daa afɔre fii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ. \v 12 Esiane atuatew no nti, wɔde ahotefo asafo no ne wɔn daa daa afɔre maa no. Na wɔtow nokware kyenee. \p \v 13 Afei metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforo bisaa no se, “Bere bɛn na anisoadehu yi bɛba mu—nea ɛfa daa daa afɔre, atuatew a ɛde ɔsɛe ba, kronkron tenabea a wobegyaa mu ama, ne \nd Awurade\nd* asafo a wobetiatia wɔn so no?” \p \v 14 Obuaa no se, “Ebedi anwummere ne anɔpa ahorow 2,300, ansa na wɔasan atew kronkron tenabea no ho.” \s1 Anisoadehu No Nkyerɛase \p \v 15 Bere a me Daniel, merehwɛ anisoadehu na mepɛɛ sɛ mete ase no, obi a ɔte sɛ ɔbarima begyinaa mʼanim. \v 16 Na metee onipa nne a ɛrefrɛ fi Ulai mu se, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehu no ase.” \p \v 17 Ɔrebɛn faako a na migyina no, misuroe, na mede mʼanim butuw fam. Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, te ase sɛ anisoadehu no fa awieibere no ho.” \p \v 18 Bere a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam. Na osoo me mu de me gyinaa mʼanan so. \p \v 19 Ɔkae se, “Merebɛka nea ebesi akyiri no wɔ abufuwbere mu akyerɛ wo, efisɛ anisoadehu no fa awiei bere a wɔahyɛ no ho. \v 20 Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no. \v 21 Ɔpapo niɔdenfo no yɛ Helahene, na abɛn kɛse a etua nʼani ntam no yɛ ɔhene a odi kan no. \v 22 Mmɛn anan a ebesisii mmɛn a ebubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahenni anan a ɛbɛsɔre afi ne man no mu, nanso wɔn tumidi renyɛ pɛ. \p \v 23 “Wɔn adedi no rekɔ awiei no, bere a atuatewfo no ayɛ atirimɔden mmoroso no, ɔhene a ɔyɛ den, na odi akɔntɔnkyesɛm bɛsɔre. \v 24 Ɔbɛyɛ den yiye a emfi nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe ade ama nnipa ho adwiriw wɔn, na obedi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfo ne akronkronfo. \v 25 Ɔbɛma nnaadaa agye ntin, na ɔbɛyɛ ahomaso. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkae, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a emfi onipa ahoɔden mu. \p \v 26 “Anwummere ne anɔpa anisoadehu a wɔde ama wo no yɛ nokware, nanso, so ano, efisɛ ɛfa daakye bi a ennya mmae ho.” \p \v 27 Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛw, na meyaree nna kakra. Akyiri no, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehu no yɛɛ me ahodwiriw; na ɛboroo ntease so. \c 9 \s1 Daniel Mpaebɔ \p \v 1 Ahasweros babarima Dario (a nʼase fi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene wɔ Babilonia ahenni so no, \v 2 afe a edi kan no, me, Daniel, metee ase fii kyerɛwsɛm mu sɛnea \nd Awurade\nd* de maa Odiyifo Yeremia se, Yerusalem bɛda mpan mfirihyia aduɔson. \v 3 Ɛno nti, mifuraa atweaatam de nsõ yɛɛ me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ \nd Awurade\nd* Nyankopɔn anim kɔbɔɔ mpae srɛe. \v 4 Mebɔɔ \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn mpae, na mepaee mu kae se: \pm “\nd Awurade\nd*, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwonwani! Wo a wudi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara so. \v 5 Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomso. Yɛabɔ atirimɔden na yɛatew atua; yɛakwati wo mmara ne wʼahyɛde. \v 6 Yɛantie wʼasomfo adiyifo a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa. \pm \v 7 “\nd Awurade\nd*, woyɛ ɔtreneeni, nanso nnɛ de, yɛn anim agu ase, Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumɔyɛ nti, yɛn anim agu ase. \v 8 \nd Awurade\nd*, aniwu aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, efisɛ yɛayɛ bɔne atia wo. \v 9 Ɛwɔ mu sɛ, yɛatew \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔbɔ na ɔde bɔne kyɛ. \v 10 Yɛanyɛ osetie amma \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfo adiyifo so de maa yɛn no so. \v 11 Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafi ho a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ osetie ma wo. \pm “Enti nnome ne atemmu a wɔaka ntam akyerɛw wɔ Onyankopɔn somfo Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ bɔne atia wo nti. \v 12 Ɔhaw kɛse a wobɔɔ ho kɔkɔ sɛ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛnea asi wɔ Yerusalem no bi da. \v 13 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu, sɛ yebefi yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokware akyi kwan. \v 14 \nd Awurade\nd* antwentwɛn sɛ ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, efisɛ \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn yɛ pɛ wɔ biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ osetie amma no. \pm \v 15 “\nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim, de gyee din a atena hɔ abesi nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomso. \v 16 \nd Awurade\nd*, sɛnea wo trenee nneyɛe nyinaa te no nti, yi wʼabufuw ne wʼanibere fi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔw kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumɔyɛ nti, nnipa a wɔatwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfo ho fɛw. \pm \v 17 “Na afei yɛn Nyankopɔn, tie wʼakoa mpaebɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo nti, \nd Awurade\nd*, tew wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea hɔ a agyigya no. \v 18 Yɛ aso, me Nyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da so a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn trenee nti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no nti. \v 19 \nd Awurade\nd*, tie! \nd Awurade\nd*, fa kyɛ! \nd Awurade\nd*, tie na yɛ! Wo nti, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wʼanan ase, efisɛ wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfo so.” \s1 Gabriel Kyerɛ Daniel Anisoadehu No Ase \p \v 20 Bere a merekasa na merebɔ mpae, na mereka me ne me nkurɔfo Israelfo bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto \nd Awurade\nd* me Nyankopɔn anim ama ne bepɔw kronkron no, \v 21 na migu so rebɔ mpae no, Gabriel a mihuu no kan anisoadehu mu no de ahoɔhare baa me nkyɛn bɛyɛ anwummere afɔrebɔ bere mu. \v 22 Ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Daniel, maba ha sɛ merebrɛ wo nhumu ne ntease. \v 23 Wufii ase sɛ worebɔ mpae pɛ no, mmuae bae, na maba sɛ merebɛka akyerɛ wo, efisɛ, wobu wo yiye. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehu no ase. \p \v 24 “ ‘Mmere aduɔson ahorow ason’ na wɔahyɛ ama wo nkurɔfo ne wo kuropɔn kronkron no sɛ wɔmfa nnyae mmarato, na wontwa bɔneyɛ so, na wɔmpata atirimɔden, na trenee a to ntwa da mmra, na wɔnsɔw anisoadehu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ ngo. \p \v 25 “Tie na te eyi ase: Efi bere a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforo, kosi sɛ Nea Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmere ason ahorow ‘ason’, ne aduosia abien ahorow ‘ason.’ Wobeyiyi mmorɔn ne akwan na wɔayɛ bammɔ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia bere mu. \v 26 Mmere aduosia abien ahorow ason akyi no, wobekum Nea Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfo bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awiei no bɛba sɛ nsuyiri, na ɔko ne mu ahoyeraw bɛba akosi awiei sɛnea wɔahyɛ no. \v 27 Ɔbɛhoro ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua wɔ mmere ‘ason’ baako mu. Na mmere ‘ason’ no mfimfini no, obegyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdema. Obedua abusude a ɛde ɔsɛe bɛba wɔ asɔredan no mu, kosi sɛ awiei a wɔahyɛ no behwie agu ne so.” \c 10 \s1 Daniel Hu Ɔbɔfo Wɔ Anisoadehu Mu \p \v 1 Persiahene Kores adedi afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokware, na ɛfa ɔko kɛse bi ho. Onyaa nkra no nkyerɛase wɔ anisoadehu mu. \p \v 2 Saa bere no, me, Daniel, midii awerɛhow nnaawɔtwe abiɛsa. \v 3 Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei. \p \v 4 Ɔsram a edi kan no, da a ɛto so aduonu anan, bere a migyina asubɔnten kɛse Tigris konkɔn so no, \v 5 memaa mʼani so na mihuu ɔbarima bi a ofura nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ ankasa abɔso a efi Ufas wɔ nʼasen mu. \v 6 Ne nipadua no te sɛ aboɔdemmo. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw, ne nsa ne nʼanan te sɛ ayowa a wɔabere ho hyerɛnn, na ne nne nso te sɛ nnipakuw nnyigyei. \p \v 7 Me, Daniel nko ara na minyaa saa anisoadehu no; nnipa a na wɔka me ho no anhu hwee. Ehu kɛse bi bɔɔ wɔn ma wuguan kohintawee. \v 8 Enti ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehu kɛse yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim hoaee; afei na minni ɔboafo biara. \v 9 Na metee sɛ ɔrekasa; na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam. \p \v 10 Nsa bi soo me mu, maa me a me nsa ne me kotodwe rewosow biribiribiri no so. \v 11 Ɔkae se, “Daniel, wo a wobu wo yiye, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopo sɔree. \p \v 12 Afei ɔkɔɔ so kae se, “Nsuro, Daniel. Efi da a edi kan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Nyankopɔn anim no, na ɔtee wo nsɛm, na ɛno nti na maba yi. \v 13 Nanso ɔhene babarima a ofi Persia ahenni mu siw me kwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitiriw no mu baako bɛboaa me, efisɛ na wɔde me asie wɔ Persia hene nkyɛn. \v 14 Mprempren, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo nea ɛbɛba wo nkurɔfo so daakye, efisɛ saa anisoadehu yi fa bere bi a ɛrebɛba ho.” \p \v 15 Bere a ɔreka eyi akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔɔ mum. \v 16 Afei obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mibuee mʼano, fii ase kasae. Meka kyerɛɛ nea ogyina mʼanim no se, “Anisoadehu no ama me ho adwiriw me, me wura, na minni ɔboafo biara. \v 17 Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa betumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mintumi nhome.” \p \v 18 Nea ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden. \v 19 Ɔka kyerɛɛ me se, “Nsuro, wo a wobu wo bebree. Asomdwoe nka wo. Hyɛ wo ho den. Yɛ den.” \p Ɔkasa kyerɛɛ me no, minyaa ahoɔden na mekae se, “Sɛ woama me ahoɔden yi, kasa, me wura.” \p \v 20 Enti obisae se, “Wunim nea enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛ, mɛsan akɔ na me ne Persia ɔhenebabarima akɔko, na sɛ mekɔ a, Hela ɔhenebabarima bɛba; \v 21 nanso, medi kan aka nea wɔakyerɛw wɔ Nokware Nhoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo hene babarima no. \c 11 \nb \v 1 Na Mediani Dario ahenni afe a edi kan no, misii gyinae sɛ megyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.) \s1 Anafo Fam Ne Atifi Fam Ahemfo \p \v 2 “Na afei, mɛka mu nokware akyerɛ wo: ahemfo baasa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, nea ɔto so anan a obenya ne ho akyɛn nkae no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden behwanyan obiara atia Hela ahenni. \v 3 Afei ɔhene kɛse bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ nea ɔpɛ. \v 4 Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu anan. Ɛrenkɔ nʼasefo nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, efisɛ wobetutu nʼaheman no ase de ama afoforo. \p \v 5 “Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asen no na ɔde tumi a ɛyɛ den bedi ahemman no so. \v 6 Mfe bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnko. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no babea bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabea no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmere no mu no, wobeyi ɔhene babea, adehye a wɔka ne ho, nʼagya ne nea ogyinaa nʼakyi nyinaa no ama. \p \v 7 “Obi a ofi anafo fam babea abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dɔm bɛba abɛhyɛn ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim. \v 8 Ɔbɛfa wɔn anyame, ahoni a wɔde dade ayɛ ne wɔn ademude a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfe bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afi ɔhene a ɔwɔ atifi fam no ho. \v 9 Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛtow ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafo fam no so, nanso ɔbɛsan nʼakyi akɔ nʼankasa asase so. \v 10 Ne mmabarima besiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde asraafo dɔm kɛse bɛkɔ te sɛ asu a ayiri, akɔko ara akodu atamfo no aban no ho. \p \v 11 “Afei ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de abufuw kɛse bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ asraafo dɔm kɛse, na obedi wɔn so nkonim. \v 12 Sɛ wɔde asraafo no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafo fam hene no ma, na obekunkum mpempem, nanso ne nkonimdi no renkyɛ. \v 13 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa asraafo afoforo a wɔdɔɔso sen kan de no, na mfirihyia bebree akyi no, ɔde asraafo dɔm kɛse a wɔwɔ akode betu ɔsa. \p \v 14 “Saa mmere no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Wɔn a wodi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfo mu no bɛtew atua sɛnea ɛte wɔ anisoadehu no mu no, nanso wɔrenni nkonim. \v 15 Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abesisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wɔagye ho ban no. Asraafo a wɔwɔ anafo fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano. \v 16 Ɔfowni no bɛyɛ nea ɔpɛ na obiara rentumi nnyina nʼanim. Obegye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na obenya tumi a ɔde bɛsɛe no. \v 17 Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahenni no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafo fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babea bɛma no aware, na ɔnam so agu nʼahenni no, nanso nʼatirimpɔw yi renyɛ yiye na ɛremmoa no. \v 18 Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi mu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomaso bɛba awiei na wadan abɔ no. \v 19 Eyi akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso obehintiw ahwe ase, na wɔrenhu no bio. \p \v 20 “Nea obedi nʼade no bɛsoma towgyeni, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nea ɛbɛma nʼahenni no anuonyam atena hɔ. Mfirihyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛremfi abufuw anaa ɔko mu. \p \v 21 “Obi a wommu no na ɔnyɛ ɔdehye na obedi nʼade. Ɔbɛtow ahyɛ ahenni no so bere a so nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye. \v 22 Afei ɔbɛtɔre asraafo dɔm a wontumi nkan wɔn dodow no ase. Wɔbɛsɛe asraafo no ne ɔhenebabarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no. \v 23 Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa kwan so benya nnipa kakraa bi na wapere tumi. \v 24 Sɛ amantam a wɔyɛ adefo no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛtow ahyɛ wɔn so, na nea nʼagyanom ne ne nenanom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ asade ne ahonyade ama nʼakyidifo. Ɔbɛbɔ pɔw atu aban agu, nanso ɛbɛyɛ nna tiaa bi mu. \p \v 25 “Obenya asraafo dɔm kɛse na wanya ahoɔden ne akokoduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafo fam. Ɔhene a ɔwɔ anafo fam no de asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den betu ɔsa, nanso ɔrentumi nnyina, esiane pɔw ahorow a wɔabɔ de atia no nti. \v 26 Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhama no bɛbɔ mmɔden sɛ wobehuan nʼase antweri; wobetwiw afa ɔhene no asraafo no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu. \v 27 Ahemfo baanu a bɔne adi wɔn ti mu dɛm bɛtena ɔpon baako ho, adi atoro akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ awiei no bɛba ne bere a wɔahyɛ no. \v 28 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyade bebree bɛsan akɔ ne man mu, nanso ne koma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasan akɔ ne man mu. \p \v 29 “Bere a wɔahyɛ no du a, ɔbɛtow ahyɛ anafo aman no so bio, nanso saa bere yi de, ɛrenyɛ yiye mma no sɛ kan no. \v 30 Ahyɛn a wofi aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔe fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bebu. Enti ɔbɛsan nʼakyi na ɔde nʼabufuw akowie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako. \p \v 31 “Na nʼasraafo bɛsɔre. Wobegu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daa daa afɔrebɔ no. Wɔde abusude a ɛde ɔsɛe ba besi anan mu. \v 32 Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wobu apam no so, nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no bɛsɔre atia no denneennen. \p \v 33 “Anyansafo bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso bere bi mu no, wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano, wɔbɛhyew wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma. \v 34 Sɛ wɔhwe ase a, wobenya mmoa kakra, na bebree a wonni nokware bɛkɔ akɔdɔm wɔn. \v 35 Anyansafo no mu bi behintihintiw. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekae akosi awiei bere no, efisɛ ɛbɛba bere a wɔahyɛ no. \s1 Ɔhene A Ɔma Ne Ho So \p \v 36 “Ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, ɔbɛma ne ho so, ayɛ ne ho ɔkɛse asen onyame biara, na waka nea obi ntee da afa anyame mu Nyame no ho. Obenya nkɔso akosi sɛ abufuw bere no bɛba awiei, efisɛ ɛsɛ sɛ nea wɔahyɛ ato hɔ no ba mu. \v 37 Obebu nʼagyanom anyame animtiaa. Ɔremfa mmea no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforo biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so. \v 38 Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim besi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmo ne akyɛde a ɛsom bo bedi no ni. \v 39 Ɔde mmoa a onya fi ananafo nyame hɔ no bɛtow ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wogye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam. Obedi nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua. \p \v 40 “Awiei no du a, ɔhene a ɔwɔ anafo fam no ne no bɛko, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nso de nteaseɛnam, apɔnkɔsotefo ne po so asraafo bebree behyia no. Ɔbɛtow ahyɛ aman bebree so na watwiw afa wɔn so te sɛ nsuyiri. \v 41 Ɔbɛtow ahyɛ Asase Fɛfɛ no so. Aman bebree bɛtotɔ ase, nanso wobegye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛse afi ne nsam. \v 42 Ɔde ne tumi bɛkɔ aman bebree so; na Misraim remfi mu tɔtrɔtɔɔ. \v 43 Ɔde ne nsa bɛto ademude a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne Misraim ahonyade nyinaa so, na Libiafo ne Etiopiafo ayɛ nʼasomfo. \v 44 Nanso amanneɛ a ɔbɛte afi apuei ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuwhyew befi akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase. \v 45 Ɔbɛhoro nʼadehye ntamadan wɔ po no ne bepɔw kronkron fɛɛfɛ no ntam. Na nʼawiei bɛba a ɔrennya mmoa biara. \c 12 \s1 Awiei Mmere \p \v 1 “Saa bere no, Mikael, ɔhene babarima titiriw a ɔbɔ wo nkurɔfo ho ban no bɛsɔre. Ahohia bere bi bɛba a, efi aman no mfiase besi saa da no, biribi a ɛte saa nsii da. Nanso saa bere no, wo nkurɔfo no mu biara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no, wobegye no nkwa. \v 2 Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu. \v 3 Wɔn a wɔyɛ anyansafo no bɛhyerɛn te sɛnea ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdan afoforo kɔɔ trenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma, daapem. \v 4 Nanso wo Daniel, bobɔw na sɔw nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no ano kosi awiei bere no. Bebree bekyinkyin akɔpɛ nimdeɛ.” \p \v 5 Afei, me Daniel, mehwɛ huu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so. \v 6 Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ofura nwera a ogyina asu no so no se, “Ebedi nnaahe ansa na anwonwade yi aba mu?” \p \v 7 Ɔbarima no a ofura nwera na ɔwɔ asu no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na metee sɛ ɔde nea ɔte hɔ daa no kaa ntam se, “Ɛbɛkɔ so saa ara akosi bere bi, mmere bi ne bere sin bi. Sɛ nnipa kronkron no tumisɛe no ba awiei koraa a, wobewie saa nneɛma yi nyinaa.” \p \v 8 Metee, nanso mante ase. Enti mibisae se, “Me Wura dɛn na ebefi eyinom nyinaa mu aba?” \p \v 9 Na obuae se, “Daniel kɔ, efisɛ wɔabobɔ nsɛm no so, asɔw ano de akosi awiei mmere no. \v 10 Wɔbɛhohoro bebree ho a fi ne nkekae biara renka wɔn ho, nanso atirimɔdenfo bɛkɔ so ayɛ atirimɔden; wɔn mu biara rente ase, nanso anyansafo de wɔbɛte ase. \p \v 11 “Efi da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwade a ɔsɛe nam ne so bɛba abesi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahannu aduɔkron. \v 12 Nhyira ne nea ɔtwɛn kosi nnafua apem ahaasa aduasa anum awiei no. \p \v 13 “Wo Daniel de, tintim kodu awiei. Wobɛhome, na nna no awiei no, wobɛsɔre na woakogye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapade no mu.”