\id COL - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Kolosefo \toc1 Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Kolosefo \toc2 Kolosefo \toc3 Kol \mt2 Paulo Nhoma A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Kolosefo \c 1 \s1 Nkyia \p \v 1 Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn, \b \p \v 2 De rekɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifo no: \b \p Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo. \b \s1 Aseda Ne Mpaebɔ \p \v 3 Bere biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. \v 4 Efisɛ yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu, ne dɔ a modɔ ahotefo no. \v 5 Da a edi kan a motee Asɛmpa no munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo no. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. \v 6 Efi da a edi kan a motee Onyankopɔn adom na muhuu sɛnea ɛte no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no. \v 7 Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfo a ɔde gyidi yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na muhuu eyi. \v 8 Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn. \p \v 9 Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yɛsrɛɛ Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no. \v 10 Ɛba saa a na mubetumi atena ase sɛnea Awurade hwehwɛ na bere biara nso, mobɛyɛ nea ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mubedi no, ɛbɛsow aba pa na mubenyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. \v 11 Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma na moatumi de Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ agyina biribiara ano. \v 12 Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti moanya nea wakora so ama nʼahotewfo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. \v 13 Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne Dɔba no Ahenni mu dwoodwoo. \v 14 Ne mu na yenya ogye. Ne mu nso na yenya bɔnefakyɛ. \p \v 15 Kristo yɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne abɔde nyinaa farebae. \v 16 Efisɛ ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. \v 17 Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. \v 18 Asafo no yɛ ne nipadua, na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa fi. Ɔno ne Abakan a wonyan no fii awufo mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bedi ade nyinaa mu kan. \v 19 Efisɛ Onyankopɔn no ani gye sɛ Ɔba no wɔ ne su nyinaa wɔ ne mu. \v 20 Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn fi ne pɛ mu de wiase nyinaa san bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a owui wɔ asennua so no de asomdwoe bae, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase. \p \v 21 Bere bi a atwam no, esiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfo nso. \v 22 Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti Onyankopɔn afa mo nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim. \v 23 Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidi mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidaso a munyaa no da a edi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfo no. \s1 Paulo Brɛ Asafo No Ho \p \v 24 Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amane a merehu no so retoa Kristo amane a ohuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so. \v 25 Onyankopɔn a mo yiyedi nti ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no somfo. Dwumadi no yɛ nʼasɛm no ka, \v 26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfe bebree a atwam no, ɔde hintaw adesamma, nanso afei de, wada no adi akyerɛ nʼahotewfo. \v 27 Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne anuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufo nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a ne nkyerɛase ne sɛ, yɛwɔ anidaso sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn anuonyam no bi. \p \v 28 Ɛno nti yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu. \v 29 Ɛno nti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden. \c 2 \p \v 1 Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wonhuu me da no hu aperepere dennen a meredi wɔ wɔn ho. \v 2 Me botae ne sɛ wobenya nkuranhyɛ wɔ wɔn koma mu, na wɔatena ase ɔdɔ mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ntease a ewie pɛyɛ. Na wobehu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no. \v 3 Ɔno so na wɔnam hu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene. \v 4 Meka kyerɛ mo se mommma obiara mfa akyinnyehunu nnaadaa mo. \v 5 Ɛwɔ mu sɛ minni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidi so aka mo ho abɔ mu gyina hɔ pintinn. \s1 Kristo Mu Asetena \p \v 6 Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura nti, mo ne no mmom ntena. \v 7 Munnye ntin na munyin wɔ ne mu; na mo gyidi mu nyɛ den daa, sɛnea wɔkyerɛɛ mo no, na monna no ase. \p \v 8 Monhwɛ yiye na obi amfa ne nnaadaa a efi nnipa nkyerɛkyerɛ ne wiase ahonhom mu a emfi Kristo no amfa mo nnommum. \p \v 9 Efisɛ Onyankopɔn tebea nyinaa ara te Kristo nipadua mu, \v 10 na mo nso Kristo ahyɛ mo ma, na tumidi ne mpanyinni biara hyɛ Kristo ase. \v 11 Mo ne no ka bɔɔ mu no, wotwaa mo twetia a ɛnyɛ nnipa na wotwaa mo, na mmom ɛyɛ Kristo no ankasa na otwaa mo twetia de twee mo fii nipadua a ɛho ntew no tumi ase. \v 12 Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Afei wonyan mo ne no fii awufo mu, efisɛ na mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn tumi a enyan Kristo fii awufo mu no mu. \p \v 13 Esiane mo bɔne nti, bere bi a atwam no na moyɛ honhom mu awufo ne amanamanmufo a munni Mmara. Nanso afei Onyankopɔn anyan yɛn ne Kristo. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn. \v 14 Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asennua so kɔbɔɔ no asennua mu. \v 15 Ɛhɔ na Kristo dii mpanyinni ne tumidi nyinaa so. Ɔmaa wiase nyinaa huu sɛnea ɔfaa wɔn sɛ nneduafo, bere a ɔhyɛɛ ne nkonimdi ho fa no. \p \v 16 Enti mommma obiara nhyehyɛ mmara a ɛfa nea mudi anaa nea monom, nna kronkron anaa ɔsram foforo afahyɛ anaa nea ɛfa homenna ho mmma mo. \v 17 Saa nneɛma no nyinaa yɛ daakye mu nsɛm sunsuma. Kristo ne hann no. \v 18 Mommma nnipa a wɔboa pa brɛ wɔn ho ase anaa wɔsom abɔfo nnaadaa mo; wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔanya anisoadehu. Saa ahantanfo yi wɔ anifere su. \v 19 Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ nipadua no nyinaa ti no de bio. Kristo na ɔma nipadua no ahoɔden na ɔka nipadua no akwaa nyinaa bɔ mu ma enyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no. \p \v 20 Mo ne Kristo awu nti moatew mo ho afi ahonhom a wodi wiase so no ho. Adɛn nti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa wiase no ase? Adɛn nti na mudi saa mmara a ese, \v 21 “Munnso eyi mu!” “Munnni eyi!” “Mommfa mo nsa nka!” no so? \v 22 Saa mmara ahorow yi a ne dwumadi bɛsɛe no nyinaa yɛ nea egyina nnipa ahyɛde ne ne nkyerɛkyerɛ huhuw bi so. \v 23 Ayɛ sɛ saa Mmara yi sodi ye pa ara, na ɛma wodɔ Onyankopɔn, anaasɛ ɛma wobrɛ wo ho ase ma wohyɛ wo ho so. Nanso saa mmara yi nni tumi biara wɔ onipa akɔnnɔ bɔne so. \c 3 \s1 Ma Ɔsoro Nyɛ Wo Dadwen \p \v 1 Wɔanyan mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei munnwen ɔsoro nneɛma ho, faako a Kristo te, Onyankopɔn nifa so, di hene no. \v 2 Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnyɛ asase yi so nneɛma. \v 3 Efisɛ moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahintaw wɔ Onyankopɔn mu. \v 4 Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanuonyam mu. \s1 Nkwa Dedaw Ne Nkwa Foforo \p \v 5 Munyi wiase akɔnnɔ te sɛ aguamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom no mfi mo abrabɔ mu. \v 6 Eyinom nti Onyankopɔn abufuw reba. \v 7 Bere bi a atwam no, esiane mo akɔnnɔ nti na mobɔ saa bra yi. \v 8 Afei munnyae saa nneyɛe yi nyinaa: abufuw, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeyaw obi anaa mommma kasa a ɛho ntew mmfi mo anom. \v 9 Munnnidi atoro nkyerɛ mo ho mo ho, efisɛ moatow nipadua dedaw ne ne su no akyene \v 10 de nipadua foforo asi anan mu. Moayɛ nnipa afoforo a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resakra mo wɔ ne suban so, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma. \v 11 Esiane saa nti, amanamanmufo ne Yudafo, twetiatwafo ne momonotoyɛ, awudifo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni hɔ bio. Kristo wɔ biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu. \p \v 12 Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔpɛ mo asɛm nti na oyii mo sɛ ne de, enti monyɛ timmɔbɔ, ayamye, mommrɛ mo ho ase, munnwo na monyɛ abodwokyɛre. \v 13 Mommoaboa mo ho mo ho na momfa mo ho mo ho mfomso nkyekyɛ mo ho mo ho. Momfa nkyɛ sɛnea Awurade de kyɛ mo no. \v 14 Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho. \p \v 15 Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi. \v 16 Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo koma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asanku so nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom. Mumfi mo koma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. \v 17 Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase. \s1 Ayɔnkofa Pa \p \v 18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛnea ɛsɛ wɔ Awurade mu. \p \v 19 Okununom, monnodɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometew. \p \v 20 Mma, ade nyinaa mu, muntie mo awofo asɛm na eyi na ɛsɔ Onyankopɔn ani. \p \v 21 Agyanom, munnyi mo mma abufuw na ammu wɔn aba mu. \p \v 22 Asomfo, muntie mo wuranom asɛm wɔ ade nyinaa mu. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo nti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom esiane sɛ mudi Awurade ni no nti, momfa koma pa nyɛ. \v 23 Biribiara a moyɛ no, momfa mo koma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. \v 24 Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so ade. Mo nsa bɛka ade a ɔde asie ama ne nkurɔfo no bi. Kristo ne owura a mosom no. \v 25 Na obiara a ɔyɛ nea ɛnteɛ no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na obenya a nhwɛanim biara nni mu. \c 4 \p \v 1 Awuranom, momma mo asomfo nea ɛteɛ. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro. \p \v 2 Mommɔ mpae daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaebɔ mu na monna Onyankopɔn ase. \v 3 Mommɔ mpae mma yɛn nso wɔ bere koro no ara mu na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Efisɛ ɛno nti na meda afiase no. \v 4 Mommɔ mpae na matumi akasa ama ntease aba mu, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa. \v 5 Bere biara a mubenya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyidifo ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. \v 6 Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuae pa. \b \s1 Nkradi \p \v 7 Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛni pa na ɔsan yɛ Awurade adwumayɛ mu somfo no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo. \v 8 Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso. \v 9 Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfo nokwafo na ɔsan fra mo kuw mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo. \b \p \v 10 Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyia mo. Saa ara na Barnaba wɔfaase Marko nso kyia mo. Wɔaka akyerɛ mo se sɛ ɔba mo nkyɛn a munnye no fɛw so. \p \v 11 Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyia mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafo agyidifo a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma a wɔaboa me yiye. \p \v 12 Kristo Yesu somfo a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuw mu no nso kyia mo. Daa ɔbɔ mpae dennen srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛde. \v 13 Metumi adi ne nsiyɛ ho adanse akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no. \p \v 14 Luka a ɔyɛ yɛn yaresafo pa no ne Dema kyia mo. \p \v 15 Yekyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wohyia wɔ ne fi no. \b \p \v 16 Sɛ mokenkan saa nhoma yi wie a monhwɛ sɛ mobɛkenkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkenkan nhoma a efi Laodikea no. \b \p \v 17 Monka nkyerɛ Arkipo se, “Bɔ mmɔden sɛ wubewie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.” \b \p \v 18 Me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a mede kyia mo ni: Monkae me mpokyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.