\id AMO - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Amos \toc1 Odiyifo Amos Nhoma \toc2 Amos \toc3 Amos \mt2 Odiyifo \mt1 Amos \mt2 Nhoma \c 1 \p \v 1 Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no. \b \b \p \v 2 Ɔkae se, \q1 “\nd Awurade\nd* bobɔ mu fi Sion bepɔw so \q2 na ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem; \q1 nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyew \q2 na Karmel atifi nso kisa.” \s1 Atemmu A Ɛfa Amanamanmufo Ahorow Ho \p \v 3 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q1 “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so \q2 ɛno nti, merennan mʼabufuw. \q1 Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade se \q2 dwerɛw Gilead. \q1 \v 4 Mede ogya bɛto Hasael fi \q2 na ahyew Ben-Hadad aban no. \q1 \v 5 Mebubu Damasko apon, \q2 na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bon no mu no \q1 ne nea okura ahempema wɔ Bet Eden no. \q2 Na Aramfo bɛkɔ nnommum mu wɔ Kir,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 \v 6 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q1 “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q2 ɛno nti, merennan mʼabufuw no. \q1 Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum \q2 na ɔtɔn wɔn maa Edomfo. \q1 \v 7 Mede ogya bɛto Gasa afasu mu, \q2 na ahyew nʼaban no. \q1 \v 8 Mɛsɛe Asdod hene no \q2 ne nea okura ahempema wɔ Askelon no. \q1 Mɛdan me nsa atia Ekron, \q2 kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,” \q1 sɛnea Asafo \nd Awurade\nd* se ni. \p \v 9 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q1 “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q2 ɛno nti, merennan mʼabufuw. \q1 Ɔfaa ɔmanmu no nnommum \q2 na ɔtɔn wɔn maa Edomfo, \q2 a wankae onuadɔ apam. \q1 \v 10 Mede ogya bɛto Tiro afasu no mu, \q2 na ahyew nʼaban.” \p \v 11 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q2 “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q1 ɛno nti, merennan mʼabufuw. \q2 Ɔde afoa taataa ne nua, \q2 a wannya ayamhyehye biara. \q1 Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii, \q2 na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano. \q1 \v 12 Mede ogya bɛto Teman mu, \q2 na ahyew Bosra aban.” \q1 \v 13 Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: \q2 “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q2 ɛno nti, merennan mʼabufuw. \q1 Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu \q2 de trɛw nʼahye mu. \q1 \v 14 Mede ogya bɛto Raba afasu mu \q2 na ahyew nʼaban \q1 wɔ ɔko da mu nteɛteɛmu \q2 ne ahum da mfɛtɛ mu. \q1 \v 15 Na ne hene ne mmapɔmma \q2 bɛbɔ mu akɔ nnommum mu,” \q1 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \c 2 \p \v 1 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q2 “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q1 ɛno nti, merennan mʼabufuw. \q2 Ɔhyew Edomhene nnompe, \q2 maa ɛdan nsõ. \q1 \v 2 Mede ogya bɛto Moab mu, \q2 na ahyew Keriot aban. \q1 Moab bɛhwe ase wɔ huuyɛ, \q2 ɔko nteɛteɛmu ne torobɛnto nnyigyei mu. \q1 \v 3 Mɛsɛe ne hene \q2 na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 \v 4 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q2 “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q1 ɛno nti, merennan mʼabufuw. \q2 Wɔapo \nd Awurade\nd* mmara no \q1 na wɔanni nʼahyɛde so \q2 efisɛ atoro anyame no \q1 ama wɔafom ɔkwan no, \q2 anyame a wɔn nenanom dii akyi no. \q1 \v 5 Mede ogya bɛto Yuda mu \q2 na ahyew Yerusalem aban.” \s1 Israel Atemmu \p \v 6 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q1 “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, \q2 ɛno nti, merennan mʼabufuw. \q1 Wɔtɔn atreneefo de gye dwetɛ, \q2 ne ahiafo de gye mpaboa. \q1 \v 7 Wotiatia ahiafo so \q2 te sɛnea wɔyɛ fam mfutuma \q1 na wɔma atɛntrenee bɔ mmɔborɔfo. \q2 Agya ne ne ba ne ɔbea baako da \q2 de gu me din kronkron no ho fi. \q1 \v 8 Wɔdeda afɔremuka biara ho \q2 wɔ wɔn awowa ntama so. \q1 Wɔn anyame fi mu no, \q2 wɔnom nsa a wɔagye sɛ mmaratode. \b \q1 \v 9 “Mesɛee Amorifo no wɔ wɔn anim, \q2 ɛwɔ mu sɛ wɔwoware te sɛ sida. \q2 Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum. \q1 Nanso mesɛee nʼaba wɔ ne soro, \q2 ne ne ntin wɔ nʼase. \q1 \v 10 Miyii mo fii Misraim, \q2 na midii mo anim mfirihyia aduanan wɔ sare so \q1 sɛnea mede Amorifo asase bɛma mo. \q1 \v 11 Miyiyii mo mmabarima no bi yɛɛ wɔn adiyifo, \q2 ne mo mmerante ebinom sɛ Naserefo. \q1 Na ɛnte saa ana, Israelfo?” \q2 Nea \nd Awurade\nd* bisa ni. \q1 \v 12 “Nanso momaa Naserefo no nom nsa \q2 na mohyɛɛ adiyifo no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm. \b \q1 \v 13 “Na afei, mɛdwerɛw mo \q2 sɛnea teaseɛnam a aduan ayɛ no ma mia asase no. \q1 \v 14 Ahoɔharefo rentumi nguan. \q2 Ahoɔdenfo rennya ahoɔden, \q1 na ɔkofo rennya ne ti nnidi mu. \q1 \v 15 Agyantowfo rentumi nnyina nea ogyina. \q2 Asraafo ahoɔharefo rentumi nguan, \q2 na ɔpɔnkɔsotefo rentumi mpere ne nkwa. \q1 \v 16 Mpo akofo akokodurufo \q2 de adagyaw beguan wɔ saa da no,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \c 3 \s1 Wɔfrɛ Nnansefo Tia Israel \p \v 1 Muntie saa asɛm a \nd Awurade\nd* aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa: \q1 \v 2 “Mo nko ara na mayi mo \q2 wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; \q2 enti mɛtwe mo aso \q2 wɔ mo bɔne nyinaa ho.” \b \q1 \v 3 Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew, \q2 wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana? \q1 \v 4 Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ ase \q2 wɔ bere a onhuu hanam biara ana? \q1 Ɔbobɔ mu wɔ ne tu mu \q2 wɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana? \q1 \v 5 Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam \q2 wɔ baabi a wonsum afiri ana? \q1 Afiri huan konkɔn hɔ wɔ \q2 bere a enyii aboa ana? \q1 \v 6 Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a \q2 nnipa no ho mpopo ana? \q1 Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a \q2 ɛnyɛ \nd Awurade\nd* na ɔyɛe ana? \b \q1 \v 7 Ampa ara, Otumfo \nd Awurade\nd* nyɛ biribi \q2 a ɔnna ne nhyehyɛe adi \q2 nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no. \b \q1 \v 8 Gyata no abobɔ mu, \q2 hena na onnsuro? \q1 Otumfo \nd Awurade\nd* akasa, \q2 hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm? \b \q1 \v 9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban \q2 ne Misraim aban: \q1 “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so; \q2 hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so \q2 ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.” \b \q1 \v 10 “Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 “Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia \q2 sie wɔ wɔn aban mu.” \p \v 11 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo \nd Awurade\nd* se, \q1 “Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so; \q2 Obebubu mo bammɔ agu, \q2 na wɔafow mo aban.” \p \v 12 Nea \nd Awurade\nd* se ni: \q2 “Sɛnea oguanhwɛfo gye \q1 anan abien nnompe anaa aso sin pɛ \q2 fi gyata anum no, \q1 saa ara na wobegye Israelfo nkwa, \q2 wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria, \q2 ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.” \p \v 13 “Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd*, Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn se ni. \q1 \v 14 “Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, \q2 mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El; \q1 wobetwitwa afɔremuka no mmɛn \q2 na abu ahwe fam. \q1 \v 15 Medwiriw awɔwbere mu ofi \q2 ne ahuhurubere mu ofi agu; \q1 na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no \q2 na afi akɛse no nso wobebubu agu,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \c 4 \s1 Israel Nsan Nkɔɔ Onyankopɔn Nkyɛn Ɛ \q1 \v 1 Muntie asɛm yi, mo Basan “anantwi” a mowɔ Bepɔw Samaria so, \q2 mo mmea a mohyɛ ahiafo so, na moka mmɔborɔfo hyɛ \q1 na moka kyerɛ mo kununom se, “Mommrɛ yɛn nsa!” \q1 \v 2 Otumfo \nd Awurade\nd* de ne kronkronyɛ aka ntam se, \q2 “Ampa ara bere no bɛba \q1 a wɔde nkaa bɛtwe mo akɔ; \q2 mo mu nea otwa to no, wɔde nsumnam darewa bɛtwe no. \q1 \v 3 Mo mu biara bepue akɔ, \q2 na mobɛfa ɔfasu mu ntokuru mu, \q1 na wɔbɛtow mo akyene Harmon fam,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 \v 4 “Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne \q2 na monkɔ Gilgal\f + \fr 4.4 \fr*\ft Bet-El…Gilgal: Saa nkurow abien yi yɛ nkurow a abakɔsɛm mu wɔde kae Awurade mmoa. Na saa nkurow yi yɛ mmeae a na wɔsom Onyankopɔn wɔ hɔ wɔ Amos bere so.\ft*\f* na monkɔyɛ bɔne ara. \q1 Momfa mo afɔrebɔde mmra anɔpa biara, \q2 na momfa mo ntotoso du du mmra mfe abiɛsa biara. \q1 \v 5 Monhyew mmɔkaw brodo sɛ aseda afɔre; \q2 Momfa ayɛyɛde a efi mo pɛ mu nhoahoa mo ho, \q1 na momfa ntu mo ho, mo Israelfo, \q2 na eyi ne nea mopɛ sɛ moyɛ,” \q2 sɛnea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 6 “Memaa ɔyafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu \q2 na aduan ho yɛɛ den wɔ nkurow so, \q1 nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 7 “Mesan de osu kamee mo, \q2 bere a aka asram abiɛsa na otwabere no adu. \q1 Memaa osu tɔɔ wɔ kurow baako so \q2 na mamma antɔ wɔ kurow foforo so. \q1 Afuw baako nyaa osu \q2 afuw foforo annya bi na hyewee. \q1 \v 8 Nnipa totɔɔ ntintan kyinii nkurow so pɛɛ nsu \q2 nanso wɔannya dodow a ɛbɛso wɔn nom, \q1 nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 9 “Mpɛn pii no mede nnɔbae yare \q2 ba mo mfikyifuw ne mo bobefuw so. \q1 Mmoadabi sɛee mo borɔdɔma ne mo ngonnua, \q2 nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 10 “Mede ɔyaredɔm baa mo so \q2 sɛnea mede yɛɛ Misraimfo no, \q1 mede afoa kunkum mo mmerante \q2 ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum \q2 mede mo nsra mu hua a ɛbɔn hyɛn mo hwene mu, \q1 nanso, monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \b \q1 \v 11 “Mituu mo mu bi guu \q2 sɛnea metɔree Sodom ne Gomora ase no. \q1 Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu. \q2 Nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 \v 12 “Enti afei, Israel, nea mede bɛyɛ wo ni, \q2 na esiane sɛ mede eyi bɛyɛ wo nti, \q1 siesie wo ho, Israel. Hyia wo Nyankopɔn.” \b \q1 \v 13 Nea ɔyɛ mmepɔw na ɔbɔ mframa \q2 na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, \q1 nea ɔma adekyee hann dan sum \q2 na ɔnantew asase sorɔnsorɔmmea so no. \q2 Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn ne ne din. \c 5 \s1 Adwotwa Ne Adwensakra Ho Frɛ \p \v 1 Tie asɛm yi, mo Israelfo, saa adwotwa yi fa mo ho: \q1 \v 2 “Ɔbabun Israel ahwe ase \q2 a ɔrensɔre bio, \q1 wɔapo no wɔ nʼankasa asase so, \q2 na onni obi a ɔbɛma no so.” \p \v 3 Nea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni: \q1 “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfo apem ko ma Israel no, \q2 mu ɔha pɛ na wɔbɛka; \q1 Kurow a ɔde ahoɔdenfo ɔha no, \q2 mu du pɛ na wɔbɛka.” \p \v 4 Nea \nd Awurade\nd* ka kyerɛ Israelfo ni: \q1 “Monhwehwɛ me na munnya nkwa; \q2 \v 5 Monnhwehwɛ Bet-El, \q2 monnkɔ Gilgal, \q1 na munntu kwan nkɔ Beer-Seba nso. \q2 Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommum mu \q2 na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.” \q1 \v 6 Monhwehwɛ \nd Awurade\nd* na munnya nkwa, \q1 anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef fi te sɛ ogya; \q2 ɛbɛhyew, \q2 na Bet-El rennya obi anum no. \b \q1 \v 7 Mo a moma atemmu yɛ nwen \q2 na mototo trenee ase. \b \q1 \v 8 Nea ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbeatan ne ne mma, \q1 nea ɔdan sum yɛ no adekyee \q2 na ɔma awia dan adesae. \q1 Nea ɔboaboa po mu nsu ano \q2 na ohwie gu asase so, \q2 ne din ne \nd Awurade\nd*. \q1 \v 9 Ɔsɛe abandennen ntɛm so \q2 na obubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso, \q1 \v 10 motan nea ɔteɛteɛ wɔ asennii \q2 na mubu nea ɔka nokware animtiaa. \b \q1 \v 11 Mutiatia ohiani so \q2 na mohyɛ no gye aduan fi ne nkyɛn. \q1 Enti ɛwɔ mu sɛ mode abo a wɔatwa asisi afi akɛse de, \q2 nanso morentena mu; \q1 ɛwɔ mu sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ de \q2 nanso morennom mu nsa. \q1 \v 12 Na minim mo mmarato dodow \q2 ne mo bɔne akɛse no. \b \q1 Mohyɛ atreneefo so na mugye adanmude \q2 mubu ahiafo ntɛnkyew wɔ asennii. \q1 \v 13 Ɛno nti, onyansafo yɛ komm saa mmere yi mu, \q2 efisɛ ɛyɛ mmere bɔne. \b \q1 \v 14 Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa \q2 na ɛnyɛ bɔne. \q1 Na Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn bɛka wo ho, \q2 sɛnea moka sɛ ɔyɛ no. \q1 \v 15 Munkyi bɔne, na monnɔ papa; \q2 Mummu atɛntrenee wɔ asennii. \q1 Ebia, Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn \q2 benya ahummɔbɔ ama \q2 Yosef nkae no. \q1 \v 16 Enti nea \nd Awurade\nd*, Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn se ni: \q2 “Adwotwa bɛba mmorɔn nyinaa so \q1 na ɔyaw ne apinisi bɛba mmɔnten so. \q2 Wɔbɛfrɛ akuafo ama wɔabesu \q2 na agyamfo abetwa adwo. \q1 \v 17 Wobetwa adwo wɔ bobeturo nyinaa mu, \q2 efisɛ mɛnantew mo mu,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \s1 \nd Awurade\nd* Da No \q1 \v 18 Nnome nka wɔn a \q2 wɔpɛ sɛ \nd Awurade\nd* da no ba! \q1 Dɛn nti na mopɛ sɛ \nd Awurade\nd* da no ba? \q2 Saa da no bɛyɛ sum, na ɛnyɛ hann. \q1 \v 19 Ɛbɛyɛ te sɛ onipa a oguan fi gyata anim \q2 na okohyia sisi, \q1 sɛnea owura ne fi \q2 de ne nsa to ɔfasu so, \q2 na ɔwɔ ka no. \q1 \v 20 Na \nd Awurade\nd* da no bɛyɛ sum; ɛrenyɛ hann, \q2 ɛbɛyɛ sum kabii a hann nsinsan biara nni mu. \b \q1 \v 21 “Mikyi na mepo mo nyamesom mu aponto; \q2 mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho. \q1 \v 22 Ɛwɔ mu sɛ mode ɔhyew afɔre ne aduan afɔre brɛ me de, \q2 nanso merennye. \q1 Mode asomdwoe afɔre brɛ me \q2 nanso mʼani rensɔ. \q1 \v 23 Momfa mo nnwonto gyegyeegye no mfi me so! \q2 Merentie mo asankuten so nnwom. \q1 \v 24 Mmom, momma atɛntrenee nteɛ sɛ asubɔnten, \q2 na trenee nyɛ sɛ asuten a ɛrenyow da! \b \q1 \v 25 “Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me \q2 mfe aduanan wɔ sare so ana? \q1 \v 26 Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame, \q1 ne mo honi Rɛfan so; \q2 wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. \q1 \v 27 Ɛno nti, metwa mo asu akɔ Damasko nohɔ,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* a ne din ne Asafo Onyankopɔn se ni. \b \c 6 \q1 \v 1 Nnome nka mo a mugye mo ho di wɔ Sion, \q2 ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔw so, \q1 mo atitiriw a mowɔ ɔman a edi kan mu, \q2 a Israelfo ba mo nkyɛn! \q1 \v 2 Monkɔ Kalne nkɔhwɛ hɔ. \q2 Na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse mu, \q2 munsian nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. \q1 Woye sen mo ahemman abien no? \q2 Wɔn asase no so sen mo de no ana? \q1 \v 3 Mutu da bɔne hyɛ da \q2 na motwe atemmuda bɛn. \q1 \v 4 Modeda asonse mpa so \q1 mugye mo ahome wɔ mo nnae mu, \q2 na mowe nguantenmma ne \q2 nantwimma a wɔadodɔ srade nam. \q1 \v 5 Mode mo sankuten to ahuhunnwom, \q1 na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ \q2 mo nnwontode so te sɛ Dawid. \q1 \v 6 Monom nsa wɔ nkora mu \q2 na mode sradehuam papa yɛ mo ho, \q2 na munni awerɛhow wɔ Yosef sɛe ho. \q1 \v 7 Ɛno nti, mobɛka wɔn a wodi kan twa wɔn asu no ho; \q2 na mo aponto ne mo ahomegye to betwa. \s1 \nd Awurade\nd* Kyi Israel Ahomaso \q1 \v 8 Otumfo \nd Awurade\nd* aka ne ho ntam \q2 na nea Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn se ni: \q1 “Mikyi Yakob ahomaso \q1 na mempɛ nʼaban; \q2 mede kuropɔn no bɛma \q2 ne nea ɛwɔ mu nyinaa.” \p \v 9 Sɛ wogyaw nnipa du wɔ ofi baako mu a, wɔn nso bewuwu. \v 10 Na sɛ obusuani a ɔrebɛhyew awufo no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afi fie hɔ na obisa obi a wakɔtɛw se, “Obi ka wo ho ana?” Na obua se, “Dabi” a, afei ɔbɛka se, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ \nd Awurade\nd* din. \q1 \v 11 Na \nd Awurade\nd* ahyɛ mmara \q2 na obebubu afi akɛse no mu asinasin \q2 ne afi nketewa no nso mu nketenkete. \b \q1 \v 12 Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so ana? \q2 Na obi de nantwi funtum hɔ ana? \q1 Nanso moadan atɛntrenee ayɛ no awuduru. \q2 Na trenee nso ayɛ nwenweenwen. \q1 \v 13 Mo a mo ani gye Lo-debar nkogu ho, \q2 na mubisa se, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so ana?” \b \q1 \v 14 Nea Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn se ni: “Mɛhwanyan ɔman bi abetia mo, Israelfo, \q2 nea ɔbɛhyɛ mo so afi Lebo Hamat akosi Araba bon mu.” \c 7 \s1 Mmoadabi, Ogya Ne Kirebennyɛ Susudua \p \v 1 Nea Otumfo \nd Awurade\nd* yi kyerɛɛ me ni: na ɔreboaboa mmoadabi bebree ano. Eyi yɛ bere a wɔatwa ɔhene kyɛfa afi mfuw no so na akyiri nnɔbae no renyin no. \v 2 Bere a mmoadabi no awe asase no so nnɔbae nyinaa no, meteɛɛ mu se “Otumfo \nd Awurade\nd*, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn! Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔyɛ ɔman ketewa bi.” \p \v 3 Ɛno nti, \nd Awurade\nd* bo dwoe. \p Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.” \p \v 4 Nea Otumfo \nd Awurade\nd* yi kyerɛɛ me ni: Otumfo \nd Awurade\nd* de ogya rebebu atɛn; ɛyow bun kɛse no, na ɛsɛee asase no. \v 5 Na meteɛɛ mu se, “Otumfo \nd Awurade\nd*, mesrɛ wo, gyae! Yakob rentumi nnyina! Ɔyɛ ɔman ketewa bi.” \p \v 6 Ɛno nti, \nd Awurade\nd* bo dwoe na ɔkae se, “Megyae mʼatirimpɔw yi nso.” \b \p \v 7 Eyi ne nea oyi kyerɛɛ me: Na \nd Awurade\nd* gyina ɔfasu a wɔato no kirebenn no ho, a okita kirebennyɛ susudua no. \v 8 Na \nd Awurade\nd* bisaa me se, “Amos, dɛn na wuhu?” \p Mibuae se, “Kirebennyɛ susudua.” \p Na \nd Awurade\nd* kae se, “Mede kirebennyɛ susudua yi reto me nkurɔfo Israelfo ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio. \q1 \v 9 “Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea \q2 na Israel kronkron tenabea nso wobebubu no; \q2 mede mʼafoa bɛsɔre atia Yeroboamfi.” \s1 Amos Ne Amasia \p \v 10 Amasia a ɔyɛ Bet-El sɔfo de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam se, “Amos rebɔ pɔw atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nyɛ abodwosɛm. \v 11 Nea Amos reka ni: \q1 “ ‘Yeroboam bewu wɔ afoa ano, \q2 na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu, \q2 wɔ akyirikyiri asase so.’ ” \p \v 12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos se, “Fi ha kɔ, wo ɔdehufo! San kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm. \v 13 Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, efisɛ ha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.” \p \v 14 Amos buaa Amasia se, “Mennyɛ odiyifo anaa odiyifo bi ba, na na meyɛ oguanhwɛfo a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so. \v 15 Nanso \nd Awurade\nd* frɛɛ me fii nguan sohwɛ so, ka kyerɛɛ me se, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfo Israelfo.’ \v 16 Na afei, tie \nd Awurade\nd* asɛm. Woka se, \q1 “ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfo, \q2 na gyae asɛnka a wode tia Isakfifo no.’ \p \v 17 “Enti asɛm a \nd Awurade\nd* ka ni: \q1 “ ‘Wo yere bɛbɔ aguaman wɔ kuropɔn yi mu, \q2 wo mmabarima ne wo mmabea bewuwu wɔ afoa ano. \q1 Wobesusuw wʼasase na wakyekyɛ mu, \q2 na wʼankasa nso, wubewu wɔ abosonsomman mu, \q1 na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu, \q2 wɔ akyirikyiri asase so.’ ” \c 8 \s1 Kɛntɛn A Aduaba A Abere Wɔ Mu \p \v 1 Afei nea Otumfo \nd Awurade\nd* yi kyerɛɛ me ni: kɛntɛn a aduaba a abere wɔ mu. \v 2 Obisae se, “Dɛn na wuhu, Amos?” \p Mibuae se, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abere ahyɛ no ma.” \p Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me se, “Me nkurɔfo Israelfo bere no aso; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.” \p \v 3 Sɛnea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni, “Saa da no, hyiadan nnwonto bɛdan agyaadwotwa. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!” \q1 \v 4 Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so, \q2 na mopam ahiafo fi wɔn asase so, \m \v 5 na moka se, \q1 “Bere bɛn na ɔsram foforo betwa mu \q2 ama yɛatɔn aduan, \q1 na Homeda bɛba awiei \q2 ama yɛadi awi gua?” \q1 Sɛ mobɛhyɛ susukoraa mu \q2 na moatoto ɔbo so \q2 na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfo, \q1 \v 6 na mode dwetɛ atɔ ahiafo \q2 na mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa, \q2 na moapra awi ase afra awi mu atɔn. \p \v 7 \nd Awurade\nd* de Yakob ahohoahoa aka ntam se: “Me werɛ remfi biribiara a wɔayɛ da. \q1 \v 8 “Asase renwosow wɔ nea asi yi ho ana, \q2 na wɔn a wɔte mu nyinaa rentwa adwo ana? \q1 Asase no nyinaa bɛma ne ho so te sɛ Nil\f + \fr 8.8 \fr*\ft Yiri tɛnn te se Nil: Osu a ɛtɔ bere ano bere ano wɔ Etiopia no ma Asubɔnten Nil a ɛwɔ Misraim yiri bu fa so bɛyɛ anammɔn 25 ma ne subon no yɛ ma. Nsuyiri yi soa dɔte pa kogu asase no so.\ft*\f* \q2 ebubu afa so, na asan atwe bio \q2 te sɛ Misraim asubɔnten.” \p \v 9 Sɛnea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni, \q1 “Saa da no, mɛma owia atɔ owigyinae, \q2 na mama sum aduru asase so awia ketee. \q1 \v 10 Mɛdan mo nyamesom aponto ama ayɛ awerɛhowdi \q2 na mo nnwonto nyinaa adan osu. \q1 Mɛma mo nyinaa afura atweaatam \q2 na mayi mo tinwi. \q1 Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba koro ho awerɛhowdida \q2 na awiei no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwen. \b \q1 \v 11 “Nna no reba” sɛnea Otumfo \nd Awurade\nd* se ni, \q2 “Mɛma ɔkɔm aba asase no so, \q1 ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, \q2 na mmom, \nd Awurade\nd* asɛm ho kɔm. \q1 \v 12 Nnipa bɛtɔ ntintan akyinkyin afi po so akɔ po so, \q2 na wɔakyinkyin afi atifi fam akɔ apuei fam, \q1 sɛ wɔrekɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* asɛm, \q2 nanso wɔrenhu. \p \v 13 “Na saa da no \q1 “mmabaa ahoɔfɛfo ne mmarimaa ahoɔdenfo \q2 bɛtotɔ beraw esiane osukɔm nti. \q1 \v 14 Wɔn a wɔde Samaria aniwu abosom ka ntam, \q2 anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntam no, \q2 wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.” \c 9 \s1 Wɔbɛsɛe Israel \p \v 1 Mihuu \nd Awurade\nd* sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae se, \q1 “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi \q2 na mma ne fapem no nwosow. \q1 Munnwiriw ngu nnipa no nyinaa so; \q2 wɔn a aka no mede afoa bekunkum wɔn. \q1 Ɔbaako mpo rentumi nguan, \q2 obiara rennya ne ho sɔnn. \q1 \v 2 Mpo sɛ wotu fam kɔ ɔda mu a, \q2 hɔ na me nsa bɛtwe wɔn afi aba. \q1 Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, \q2 hɔ na meyi wɔn afi aba fam. \q1 \v 3 Mpo sɛ wɔkɔtetɛw bepɔw Karmel atifi a, \q2 hɔ na metiw wɔn akɔkyere wɔn aba. \q1 Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ po ase a, \q2 hɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn. \q1 \v 4 Mpo sɛ wɔn atamfo de wɔn kɔ nnommum mu a, \q2 hɔ na mɛhyɛ afoa akunkum wɔn. \b \q1 “Megyen mʼani ahwɛ wɔn. \q2 Mede ɔsɛe bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.” \b \q1 \v 5 \nd Awurade\nd*, Asafo \nd Awurade\nd*, \q2 Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnan, \q1 ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. \q2 Asase no nyinaa ma ne ho so te sɛ Nil \q2 na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten. \q1 \v 6 Ɔno na osi nʼahemfi a ɛkorɔn wɔ ɔsoro \q2 na ɔto ne fapem wɔ asase so. \q1 Ɔno na ɔboaboa po mu nsu ano \q2 na ohwie gu asase so. \q2 \nd Awurade\nd* ne ne din! \q1 \v 7 “Mo Israelfo, \q2 mo ho hia me sen Etiopiafo?” \q1 Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q2 Manyi Israelfo amfi Misraim, \q1 ne Filistifo amfi Kaftor, \q2 ne Aramfo nso amfi Kir ana? \b \q1 \v 8 “Ampa ara Otumfo \nd Awurade\nd* ani \q2 wɔ nnebɔne ahenni no so. \q1 Mɛpepa no afi asase ani, \q2 nanso merensɛe Yakobfi korakora,” \q2 sɛnea \nd Awurade\nd* se ni. \q1 \v 9 “Na mɛhyɛ, \q2 na mɛwosow Israelfi, \q2 wɔ amanaman nyinaa mu, \q1 sɛnea wohuhuw atoko so wɔ huhuamoa mu \q2 na aba fua mpo ntɔ fam no. \q1 \v 10 Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ me nkurɔfo mu nyinaa \q2 bɛtotɔ wɔ afoa ano, \q1 wɔn a wɔka se, \q2 ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da no.’ \s1 Israel Nsiesiei \p \v 11 “Saa da no, mɛsan aba abesi \q1 “Dawid fi a abubu no bio. \q2 Mesiesie ne mmeae a asɛesɛe no, \q2 na masi no sɛnea na ɛte no, \q1 \v 12 na wɔafa Edom nkae no \q2 ne amanaman a me din da wɔn so.” \q2 \nd Awurade\nd* a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa. \p \v 13 “Nna no reba,” sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, \q1 “A nnɔbae no bɛba ntɛm ama otwafo no, \q2 na bobe no abu so ama nea otiatia nsakyiamoa no so no. \q1 Nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no so \q2 na ateɛ afi nkoko no nyinaa so. \q2 \v 14 Mede me nkurɔfo Israel nnommum bɛsan aba. \b \q1 “Wɔbɛsan asiesie nkuropɔn a asɛe no na wɔatena mu. \q2 Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa; \q2 wɔbɛyɛ mfikyifuw na wɔadi so nnuaba. \q1 \v 15 Mede Israelfo bedua wɔn ankasa asase so \q2 a wɔrentu bio da \q2 mfi asase a mede ama wɔn no so,” \m sɛnea \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn se ni.